A2
Nneɛma Foforɔ a Ɛwɔ Nkyerɛaseɛ Yi Mu
Afe 1950 mu na wɔyii Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no adi wɔ Borɔfo kasa mu, na wɔyii Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no nso adi wɔ afe 1961 mu. Saa Bible yi, wɔkyerɛɛ aseɛ pɛpɛɛpɛ firii kasa a wɔde twerɛɛ Twerɛ Kronkron no mu, na na ne kan nso yɛ mmerɛ. Ɛfiri berɛ a wɔyii no adi no, wɔakyerɛ aseɛ kɔ kasa bɛboro 210 mu, na nnipa ɔpepem pii akenkan anya so mfasoɔ.
Nanso wohwɛ bɛyɛ mfe 50 a atwam yi a, kasa a nkurɔfoɔ ka no asesa. Wei nti, Wiase Foforɔ Bible Nkyerɛaseɛ Kuo a wɔwɔ hɔ nnɛ no huu sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakraeɛ ahodoɔ bi wɔ nkyerɛaseɛ no mu na sɛ obi kan no nnɛ a, aka n’akoma. Enti Bible yi mu no, yɛasesa nsɛmfua ne nneɛma bi wom. Yɛreyɛ saa no, botaeɛ a ɛdidi so yi na yɛde sii yɛn ani so:
Yɛde nsɛm a nteaseɛ wom na nkurɔfoɔ ka no nnɛ na ɛkyerɛɛ aseɛ. Ɛho nhwɛsoɔ ne sɛ, seesei yɛakyerɛ “abodwokyɛreɛ” ase “aboterɛ,” ɛfiri sɛ ɛno na nkurɔfoɔ te aseɛ ntɛm. (Galatifoɔ 5:22) Afei nso, Bible dada no mu no, na yɛtumi ka sɛ obi yɛ “adwaman,” nanso seesei yɛayɛ no “tuutuuni.” (Genesis 38:15) Bible foforɔ yi mu no, yɛasesa “boasetɔ” ayɛ no “animia.” (Yakobo 1:4) Yɛakyerɛ “afideɛ” ase sɛ “ɔbra fĩ,” na “anigyeɛ ntrasoɔ” nso, yɛayɛ no “apontoɔ a aseɛ yɛ gyegyeegye.” (Galatifoɔ 5:19-21) Asɛmfua “nsɔano” nso, seesei yɛakyerɛ aseɛ “ahyɛnsodeɛ.”—Adiyisɛm 5:1.
Tete Hebri ne Greek kasa mu no, asɛmfua “aba” bɛtumi akyerɛ dua bi aba, obi mma anaa n’asefoɔ, na ɛbɛtumi mpo akyerɛ ɔbarima ho nsuo. Twi kasa mu no, yɛreka nnipa ho asɛm a, yɛmfa asɛmfua “aba” nni dwuma. Wei nti, baabiara a saa asɛmfua no bepue no, yɛhwɛ deɛ wɔreka ho asɛm wɔ hɔ, na yɛde asɛmfua a ɛfata ahyɛ hɔ. (Genesis 1:11; 22:17; 48:4; Mateo 22:24; Yohane 8:37) Mprɛ pii no, baabi a asɛmfua “aba” pue wɔ Bible mu no, sɛ ɛfa Eden bɔhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no ho a, yɛkyerɛ aseɛ ‘aseni.’
Hebri asɛmfua a berɛ bi yɛkyerɛɛ aseɛ “adɔeɛ” no, seesei yɛakyerɛ aseɛ “ɔdɔ a ɛnni hwammɔ.” Deɛ enti a yɛayɛ no saa ne sɛ “adɔeɛ” tumi kyerɛ papayɛ anaa adekyɛ. Nanso saa Hebri asɛmfua no kɔ akyiri sene “adɔeɛ.” Deɛ Hebri asɛmfua no kyerɛ ne sɛ obi de nokorɛdie bɛbata obi ho dendeenden.—1 Samuel 20:8; Dwom 63:3; Mmebusɛm 3:3.
Yɛama Bible mu nsɛm bi mu ada hɔ. Nsɛm bi a na ɛwɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ dada no mu no, na emu yɛ den kakra, enti nnipa pii wɔ hɔ a, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛte aseɛ yie. Ɛho nhwɛsoɔ ne “atweaatam.” Seesei yɛayɛ no “awerɛhoɔ ntoma” sɛdeɛ obiara bɛte aseɛ. (Hiob 16:15) Baako nso ne “ayitoto”; baabi wɔ hɔ a yɛayɛ no “ɔbarima a wɔasa no,” baabi nso, yɛayɛ no ‘obi a ɔrentumi nware.’—Yesaia 56:3; Mateo 19:12.
Bible dada no mu no, ɛkame ayɛ sɛ baabiara a Hebri asɛmfua neʹphesh ne Greek asɛmfua psy·kheʹ bɛpue no, na yɛkyerɛ aseɛ “ɔkra.” Sɛdeɛ nnipa pii te asɛmfua “ɔkra” ase no, ɛnyɛ saa na ɛkyerɛ, enti sɛdeɛ yɛkyerɛɛ aseɛ saa berɛ no boaa wɔn a wɔkenkan asɛm no maa wɔhuu akwan hodoɔ a Bible atwerɛfoɔ no faa so de neʹphesh ne psy·kheʹ yɛɛ adwuma. Saa nsɛmfua yi tumi kyerɛ (1) onipa, (2) onipa nkwa, (3) abɔdeɛ a nkwa wom, (4) nneɛma a obi kɔn dɔ, anaa mpo (5) nnipa a wɔawuwuo. Nanso ɛnnɛ, sɛ nkurɔfoɔ rekasa a, asɛmfua “ɔkra” ntaa mpue wɔn kasa mu. Enti yɛsii gyinaeɛ sɛ, baabiara a tete nsɛmfua a yɛkyerɛɛ aseɛ “ɔkra” no pue no, yɛbɛhwɛ nteaseɛ a ɛwom no na yɛde akyerɛ aseɛ. Yɛkyerɛ aseɛ saa wie a, mprɛ pii no, yɛde aseɛ hɔ asɛm a ɛkenkan sɛ, “Anaa ‘ɔkra’” hyɛ ho. (Wobɛhu wei ho nhwɛsoɔ wɔ Genesis 1:20; 2:7; Leviticus 19:28; Dwom 3:2; Mmebusɛm 16:26; Mateo 6:25.) Nanso sɛ Bible mu asɛm no yɛ anwensɛm anaa ɛyɛ asɛm a nkurɔfoɔ pii nim a, ɛnneɛ yɛgya asɛmfua “ɔkra” no wom. Yɛwie a, yɛde aseɛ hɔ asɛm bi hyɛ ho a ɛde ɔkenkanfoɔ no kɔ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, anaa ɛkyerɛ kwan foforɔ a yɛbɛtumi akyerɛ asɛmfua no ase.—Deuteronomium 6:5; Dwom 131:2; Mmebusɛm 2:10; Mateo 22:37.
Asɛmfua “asaabo” nso, sɛ ɛpue wɔ baabi na ɛfa asaabo ankasa ho a, yɛgya no saa ara. Nanso twerɛnsɛm bi te sɛ Dwom 7:9, Dwom 26:2, ne Adiyisɛm 2:23 deɛ, ɛmfa “asaabo” ankasa ho, enti yɛde nteaseɛ a ɛwom no kyerɛɛ aseɛ sɛ “deɛ ɛwɔ nnipa mu” anaa obi “tirim adwene,” ɛnna yɛde ne nkyerɛaseɛ tee no hyɛɛ aseɛ hɔ asɛm mu.
Yɛnhwɛ asɛmfua “akoma” nso. Hebri ne Greek kasa mu no, ɛtumi kyerɛ akoma ankasa, ɛnna ɛtumi kyerɛ nneɛma foforɔ nso. Saa ara na ɛteɛ wɔ Twi kasa mu. Enti Bible yi mu no, ɛyɛ a yɛgya asɛmfua no hyɛ hɔ saa ara. Nanso mmeaeɛ mmaako mmaako bi wɔ hɔ a, wode asɛmfua no hyɛ hɔ a, nteaseɛ mma mu papa, enti yɛde adwene a ɛwɔ akyire no na ɛkyerɛɛ aseɛ. Ɛho nhwɛsoɔ wɔ Dwom 12:2. Asɛm a kane no yɛkyerɛɛ aseɛ “wɔde anodɛ keka nsɛm a ɛfiri akoma ntanta mu” no, seesei yɛakyerɛ aseɛ “wɔdɛfɛdɛfɛ nkurɔfoɔ, na wɔdaadaa wɔn.” Afei yɛde ne nkyerɛaseɛ tee no ahyɛ aseɛ hɔ asɛm mu. Nsɛm foforɔ bi te sɛ “sradeɛ,” “honam,” ne “abɛn” nso, saa ara na yɛayɛ no. Baabi a ebiara pue na ɛbɛkyerɛ sɛdeɛ yɛbɛkyerɛ aseɛ. (Genesis 45:18; Ɔsɛnkafoɔ 5:6; Dwom 112:9) Saa nsɛm yi bi wɔ hɔ a, yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ ɛfã a yɛato din “Bible Mu Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” no.
Yɛama ne kan ayɛ mmerɛ. Bible yi mu no, yɛde kasa a ɛda nkurɔfoɔ ano na ɛkyerɛɛ aseɛ. Afei nso, sɛdeɛ yɛtwerɛɛ nsɛm bi no nso, yɛasakra mu ama ne bɔ ayɛ mmerɛ. Ebi ne sɛ, seesei yɛasesa “asase” ayɛ no “asaase,” “Kanaan” abɛyɛ “Kaanan,” ɛnna “atadeɛ” nso yɛayɛ no “ataadeɛ.”—Genesis 1:1; 9:18; 25:25.
Nneɛma Foforɔ a Ɛsan Wɔ Nkyerɛaseɛ Yi Mu:
Saa Bible yi, aseɛ hɔ nsɛm dodoɔ bi wom, na ɛgu ahodoɔ. Sɛdeɛ ebiara teɛ ho nhwɛsoɔ na ɛdidi so yi:
“Anaa” Ɛma yɛhu akwan foforɔ a yɛbɛtumi afa so akyerɛ Hebri, Aram, anaa Greek asɛm bi ase a nteaseɛ no nsesa.—Genesis 1:2, aseɛ hɔ asɛm a ɛda asɛmfua “honhom” ho; Yosua 1:8, “dwendwene ho.”
“Ɛbɛtumi nso akyerɛ” Ɛma yɛhu nteaseɛ foforɔ a yɛbɛtumi de akyerɛ asɛm no ase ama no ayɛ yie.—Genesis 21:6; “ne me bɛsere”; Sakaria 14:21, “Kaananni.”
“Nt.” Ɛyɛ Hebri, Aram, anaa Greek asɛm anaa asɛmfua a wɔakyerɛ aseɛ tee.—Genesis 6:9, “berɛsofoɔ”; Genesis 30:22, “ɔmaa no nyinsɛneeɛ.”
Nsɛm bi asekyerɛ ne nsɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu Ebi yɛ edin ahodoɔ bi asekyerɛ (Genesis 3:17, “Adam”; Exodus 15:23, “Mara”); nkyerɛkyerɛmu a ɛfa biribi mu duro ne deɛ wɔde susu nneɛma ho (Genesis 6:15, “basafa”); deɛ edinnsiananmu bi gyina hɔ ma no (Genesis 38:5, “ɔwɔ”); nsɛm bi a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Nkekaho ne Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.—Genesis 37:35, “Adamena”; Mateo 5:22, “Gehenna.”
Ɛfã bi wɔ Bible yi mfitiaseɛ a wɔato din “Deɛ Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu.” Saa fã no, wɔahyehyɛ nsɛntitire a Bible kyerɛkyerɛ no wɔ hɔ. Sɛ wofiri Bible nwoma a ɛtwa toɔ no so a, na worekɔ “Bible Mu Nwoma a Wɔahyehyɛ,” “Bible Mu Nsɛm a Wɔahyehyɛ,” ne “Bible Mu Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” so. “Bible Mu Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” anaa Nkyerɛkyerɛmu afã no, ɛboa akenkanfoɔ ma wɔte Bible mu nsɛm bi ase. Nkekaho A na ɛtoa so, na wobɛhunu deɛ ɛdidi so yi wɔ hɔ: “Ɛkwan a Wɔfa So Kyerɛ Bible Ase,” “Nneɛma Foforɔ a Ɛwɔ Nkyerɛaseɛ Yi Mu,” “Deɛ Ɛyɛeɛ a Yɛn Nsa Kaa Bible,” “Onyankopɔn Din Pue Wɔ Hebri Twerɛnsɛm No Mu,” “Onyankopɔn Din Pue Wɔ Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm No Mu,” “Nsɛm a Wɔahyehyɛ: Adiyifoɔ Ne Ahemfo a Na Wɔwɔ Yuda Ne Israel,” ne “Nneɛma Atitire a Ɛsisii Yesu Asetena Mu Wɔ Asaase So.” Woduru Nkekaho B nso a, map ahodoɔ, nsɛm a wɔahyehyɛ, ne nsɛm foforɔ bi wɔ hɔ a ɛbɛboa wɔn a wɔpɛ Bible mu nhwehwɛmu no paa.
Bible nwoma biara refiri aseɛ a, wɔahyehyɛ ti ahodoɔ no mu nsɛntitire wɔ animu, na wɔde nkyekyɛmu a wobɛhunu saa nsɛntitire no aka ho. Wei boa akenkanfoɔ ma wɔhunu saa Bible mu nwoma no ani so. Bible yi mu no, yɛahyehyɛ twerɛnsɛm bi wɔ kratafa biara mfimfini, na ɛtwe adwene kɔ Bible mu nsɛm foforɔ so. Ná ebi wɔ kane deɛ no mu, nanso seesei deɛ, deɛ ɛhia paa no na yɛde aba foforɔ yi mu.