Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Yohane 1:1-21:25
  • Yohane

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yohane
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Yohane

YOHANE KYERƐWTOHƆ

1 Mfiase no, na Asɛm no+ wɔ hɔ. Ná Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ,+ na na Asɛm no yɛ onyame.*+ 2 Oyi na mfiase no na ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ. 3 Nneɛma nyinaa nam no so na ɛbae,+ na ade baako mpo ankwati no amma.

Nea ɛbae a 4 ɛnam no so no yɛ nkwa, na nkwa no ne nnipa hann.+ 5 Na hann no hyerɛn sum mu,+ na sum no ntumi mmu mfaa so.

6 Ɔbarima bi bae a Onyankopɔn somaa no sɛ ne nanmusini; na ne din de Yohane.+ 7 Ɔbarima yi bae sɛ ɔrebedi adanse. Ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse,+ sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa ahorow nyinaa bɛfa no so agye adi. 8 Ná ɛnyɛ ɔno ne hann no,+ na mmom ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse.

9 Ná nokware hann a ɛhyerɛn ma nnipa ahorow nyinaa no rebɛba wiase.+ 10 Ná ɔwɔ wiase,+ na wiase nam no so na ɛbae,+ nanso na wiase nnim no. 11 Ɔbaa ɔno ara ne kurom, nanso ɔno ara ne nkurɔfo annye no. 12 Na wɔn a wogyee no no, ɔmaa wɔn nyinaa kwan sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn mma,+ efisɛ wogyee ne din dii.+ 13 Na ɛnyɛ mogya anaa nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ so na wɔnam woo wɔn, na mmom efi Onyankopɔn.+

14 Enti Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam,+ na ɔbɛtenaa yɛn mu. Na yehuu n’anuonyam, anuonyam a agya de ma ne ba a ɔwoo no koro;+ na Onyankopɔn adom ne nokware hyɛɛ no ma. 15 (Yohane dii ne ho adanse, yiw, ɔteɛɛm sɛ: “Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Nea odi m’akyi reba no adi m’anim, efisɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’”)+ 16 Adom a ahyɛ no ma nti, yɛn nyinaa anya adom pii* afi ne hɔ. 17 Wɔnam Mose so na ɛde Mmara no mae,+ na adom+ ne nokware no de, wɔnam Yesu Kristo so na ɛde mae.+ 18 Onipa biara nhuu Onyankopɔn da;+ onyame+ a wɔwoo no koro a ɔwɔ Agya no nkyɛn*+ no, ɔno na wakyerɛ sɛnea Agya no te.+

19 Na Yudafo no somaa asɔfo ne Lewifo fii Yerusalem baa Yohane nkyɛn bebisaa no sɛ: “Woyɛ hena?”+ Eyi ne adanse a ɔde mae. 20 Wamfa ansie, na mmom ɔkaa nokware sɛ: “Ɛnyɛ mene Kristo no.” 21 Ɛnna wobisaa no sɛ: “Ɛnde na woyɛ hena? Wone Elia+ anaa?” Na ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ me.” “Wone Odiyifo no?”+ Ɛnna obuae sɛ: “Daabi!” 22 Enti wobisaa no sɛ: “Woyɛ hena? Ka kyerɛ yɛn, na yennya biribi nkɔka nkyerɛ wɔn a wɔsomaa yɛn no. Ɛdɛn na woka fa wo ho?” 23 Ɔkae sɛ: “Mene nea ɔreteɛm* wɔ sare so sɛ, ‘Momma Yehowa* kwan nyɛ tee,’+ sɛnea odiyifo Yesaia kae no.”+ 24 Wɔn a wɔsomaa wɔn no, na wofi Farisifo no nkyɛn. 25 Enti wobisaa no sɛ: “Sɛ ɛnyɛ wone Kristo no anaa Elia anaa Odiyifo no a, ɛnde adɛn nti na wobɔ nkurɔfo asu?” 26 Yohane buaa wɔn sɛ: “Me de, mebɔ nkurɔfo asu wɔ nsu mu. Nanso obi gyina mo mfinimfini a munnim no; 27 ɔno ne nea odi m’akyi reba no. Ne mpaboa hama mpo, memfata sɛ mesan.”+ 28 Eyinom sii wɔ Betania wɔ Yordan agya, baabi a na Yohane rebɔ nkurɔfo asu no.+

29 Ade kyee no, ohui sɛ Yesu reba ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa+ no ni, nea oyi wiase+ bɔne fi hɔ+ no! 30 Oyi ho asɛm na mekae sɛ: ‘Ɔbarima bi di m’akyi reba a wadi me kan, efisɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’+ 31 Me mpo, na minnim no. Nanso mebɛbɔɔ nkurɔfo asu wɔ nsu mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi no adi akyerɛ Israel.”+ 32 Yohane dii adanse nso sɛ: “Mihui sɛ honhom no resian sɛ aburuburuw fi soro, na ebesii no so.*+ 33 Me mpo, na minnim no. Nanso Onii a ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ nkurɔfo asu wɔ nsu mu no, ɔno ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nea wubehu sɛ honhom no asian abesi* no so+ no, ɔno ne nea ɔbɔ asu honhom kronkron mu+ no.’ 34 Na mahu, na madi ho adanse sɛ, oyi ne Onyankopɔn Ba no.”+

35 Ade kyee no, na Yohane san gyina hɔ a n’asuafo baanu ka ne ho. 36 Bere a ohui sɛ Yesu nam hɔ no, ɔkae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa+ no ni!” 37 Bere a asuafo baanu no tee nea ɔkae no, wokodii Yesu akyi. 38 Afei Yesu dan ne ho, na bere a ohui sɛ wodi n’akyi no, obisaa wɔn sɛ: “Ɛdɛn na morehwehwɛ?” Ɛnna wobisaa no sɛ: “Rabi (a ne nkyerɛase ne “Ɔkyerɛkyerɛfo”), ɛhe na wote?” 39 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛhwɛ.” Enti wokohuu baabi a ɔte, na wɔtenaa ne nkyɛn saa da no; ná ɛbɛyɛ dɔn a ɛto so du.* 40 Asuafo baanu a wɔtee nea Yohane kae a wodii Yesu akyi no, baako ne Simon Petro nua Andrea.+ 41 Nea edi kan no, ohuu ɔno ara ne nua Simon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Mesia+ no” (a ne nkyerɛase ne “Kristo”), 42 na odii n’anim kɔɔ Yesu nkyɛn. Bere a Yesu hwɛɛ no no, ɔkae sɛ: “Wone Simon,+ Yohane ba; wɔbɛfrɛ wo Kefa” (a ne nkyerɛase ne “Petro”).+

43 Ade kyee no, na Yesu pɛ sɛ ofi hɔ kɔ Galilea. Na ohuu Filipo+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Bedi m’akyi.” 44 Ná Filipo fi Betsaida, Andrea ne Petro kurom. 45 Filipo huu Natanael+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu nea Mose kyerɛw ne ho asɛm wɔ Mmara no mu a Adiyifo no nso kyerɛw ne ho asɛm no: Yesu, Yosef+ ba a ofi Nasaret no.” 46 Nanso Natanael bisaa no sɛ: “Biribi pa bi betumi afi Nasaret aba?” Filipo ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra bɛhwɛ.” 47 Yesu hui sɛ Natanael reba ne nkyɛn, na ɔka faa ne ho sɛ: “Hwɛ, Israelni ankasa a nnaadaa nni ne mu ni.”+ 48 Natanael bisaa no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wuhuu me?” Yesu buaa no sɛ: “Ansa na Filipo refrɛ wo, bere a wowɔ borɔdɔma dua no ase no, na mahu wo.” 49 Natanael ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, wone Onyankopɔn Ba no, wone Israel Hene.”+ 50 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka a meka kyerɛɛ wo sɛ mihuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase nti na woagye adi yi? Wubehu nea ɛkyɛn eyinom.” 51 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, mubehu sɛ ɔsoro abue, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian wɔ onipa Ba no so.”+

2 Da a ɛto so abiɛsa no, ayeforohyia apontow bi kɔɔ so wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na na Yesu maame wɔ hɔ bi. 2 Yesu ne n’asuafo no nso, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa ayeforohyia apontow no ase.

3 Bere a nsã* no sae no, Yesu maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Wonni nsã.”* 4 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbea, ɛno nso de, ɛfa me ne wo ho dɛn?* Me bere nnya nsoe.” 5 Ɛnna ne maame ka kyerɛɛ asomfo no sɛ: “Nea ɔbɛka akyerɛ mo biara, monyɛ.” 6 Saa bere no, na nsuhina asia a wɔde abo ayɛ sisi hɔ sɛnea Yudafo ahodwira ho mmara te+ no, na na emu biara betumi afa susuhina* abien anaa abiɛsa. 7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa nsu ngu nhina no mu mma ɛnyɛ ma.” Na wɔde nsu guguu mu maa ne nyinaa yeyɛɛ ma tɛnn.* 8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afei monsaw bi, na momfa nkɔma nea ɔhwɛ apontow no so no.” Enti wɔde kɔe. 9 Ɛnna nea ɔhwɛ apontow no so no kaa nsu a adan nsã* no bi hwɛe. Ná onnim baabi a efi (nanso asomfo a wɔsaw nsu no de, na wonim). Enti nea ɔhwɛ apontow no so no frɛɛ ayeforokunu no, 10 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara de nsã* pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ nkurɔfo bobow a, afei na ɔde nea enye no aba. Wo de, wode nsã* pa no asie abesi sesɛɛ.” 11 Yesu yɛɛ eyi wɔ Kana wɔ Galilea. Ɛno ne sɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛe, na ɔmaa n’anuonyam daa adi,+ na n’asuafo no gyee no dii.

12 Eyi akyi no, ɔne ne maame ne ne nuanom+ ne n’asuafo no kɔɔ Kapernaum,+ nanso wɔantena hɔ ankyɛ.*

13 Saa bere no, na Yudafo Twam+ no abɛn, na Yesu foro kɔɔ Yerusalem. 14 Na ohui sɛ ebinom tete asɔrefi hɔ a wɔretɔn anantwi ne nguan ne mmuruburuw,+ ɛnna ebinom nso resesa sika. 15 Enti ɔfaa nhama, na ɔde yɛɛ abaa* pam wɔn a wɔde nguan ne anantwi aba asɔrefi hɔ no nyinaa fii hɔ, na ohwiee wɔn a wɔsesa sika no sika gui, na ɔkaa wɔn apon butubutuwii.+ 16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtɔn mmuruburuw no sɛ: “Momfa eyinom mfi ha nkɔ! Munnyae sɛ mode m’Agya fi ayɛ aguadi fi!”*+ 17 Ɛnna n’asuafo no kaee sɛ, wɔakyerɛw sɛ: “Wo fi ho mmɔdenbɔ bɛmene me.”+

18 Na Yudafo no bisaa no sɛ: “Sɛnkyerɛnne bɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wowɔ tumi+ sɛ woyɛ eyinom?” 19 Yesu buaa wɔn sɛ: “Munnwiriw asɔrefi yi ngu, na mede nnansa bɛma so asi hɔ.”*+ 20 Ɛnna Yudafo no kae sɛ: “Asɔrefi a wɔde mfe 46 sii no, wode nnansa bɛma so asi hɔ?” 21 Nanso ɔno de, bere a ɔkaa asɔrefi no, ne nipadua ho asɛm na na ɔreka.+ 22 Bere a ɔsɔre fii awufo mu no, n’asuafo no kaee sɛ na ɔtaa ka saa,+ na wogyee kyerɛwnsɛm no ne nsɛm a Yesu kae no dii.

23 Na bere a ɔwɔ Twam Afahyɛ no ase wɔ Yerusalem no, nnipa pii huu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, na wogyee ne din dii. 24 Nanso Yesu de, wamfa ne werɛ anhyɛ wɔn mu, efisɛ na onim wɔn nyinaa. 25 Afei nso, na enhia no sɛ obiara di onipa ho adanse, efisɛ na onim nea ɛwɔ onipa mu.+

3 Ná Farisini bi wɔ hɔ a ne din de Nikodemo+ a na ɔyɛ Yudafo panyin. 2 Ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo+ bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi,+ yenim sɛ woyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a wufi Onyankopɔn nkyɛn aba, efisɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne+ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”+ 3 Na Yesu buaa no sɛ: “Nokware, nokware, meka kyerɛ wo sɛ, sɛ wɔansan anwo obi bio*+ a, ɔrentumi nhu Onyankopɔn Ahenni+ no.” 4 Nikodemo bisaa no sɛ: “Obi a wanyin de, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi awo no? Obetumi asan akɔ ne maame yam bio ama wɔawo no anaa?” 5 Ɛnna Yesu buae sɛ: “Nokware, nokware, meka kyerɛ wo sɛ, sɛ wɔamfa nsu+ ne honhom+ anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahenni mu. 6 Nea wofi ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam, na nea wofi honhom mu awo no no yɛ honhom. 7 Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ: Ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio. 8 Mframa bɔ kɔ nea ɛpɛ biara. Mote sɛ ɛrebɔ, nanso munnim baabi a efi ne baabi a ɛrekɔ. Saa ara na obiara a wofi honhom mu awo no+ no te.”

9 Ɛnna Nikodemo bisaa no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na eyinom atumi ayɛ yiye?” 10 Yesu buaa no sɛ: “Wokyerɛkyerɛ Israelfo, ɛnna wunnim eyinom? 11 Nokware, nokware, meka kyerɛ wo sɛ, nea yenim na yɛka, na nea yɛahu na yedi ho adanse, nanso mo de, munnye adanse a yedi no ntom. 12 Sɛ maka asaase so nsɛm akyerɛ mo na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mubegye adi? 13 Afei nso, onipa biara mforo nkɔɔ ɔsoro,+ gye nea osian fii ɔsoro+ no, onipa Ba no. 14 Na sɛnea Mose maa ɔwɔ no so wɔ sare no so+ no, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔma onipa Ba no so,+ 15 sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a obegye no adi no benya daa nkwa.+

16 “Na Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro+ no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe,* na mmom wanya daa nkwa.+ 17 Na Onyankopɔn ansoma ne Ba no amma wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase nkwa.+ 18 Obiara a ogye no di no, wɔremmu no atɛn.+ Nea onnye nni no, wɔabu no atɛn dedaw, efisɛ wannye Onyankopɔn Ba+ a ɔwoo no koro no din anni. 19 Nea enti a wobu atɛn* ne sɛ: hann no aba wiase,+ nanso nnipa dɔ sum sen hann no, efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. 20 Na obiara a ɔyɛ akyiwade no tan hann no, na ɔmma hann no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ne nnwuma renna adi.* 21 Na obiara a ɔyɛ adepa* no ba hann no ho,+ na ada adi sɛ ne nnwuma sɔ Onyankopɔn ani.”

22 Eyi akyi no, Yesu ne n’asuafo no kɔɔ Yudea nkuraa ase, na ɔne wɔn tenaa hɔ kakra, na ɔbɔɔ nkurɔfo asu.*+ 23 Ná Yohane nso rebɔ nkurɔfo asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ na nsu pii wɔ hɔ,+ na nnipa kɔɔ so baa hɔ ma ɔbɔɔ wɔn asu.+ 24 Saa bere no, na wonnya mfaa Yohane nkɔtoo afiase.+

25 Na akyinnyegye bi baa Yohane asuafo ne Yudani bi ntam. Ná ɛfa ahodwira ho. 26 Enti wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, ɔbarima a na ɔne wo wɔ Yordan agya a wudii ne ho adanse+ no, hwɛ, ɔrebɔ nkurɔfo asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.” 27 Yohane buaa wɔn sɛ: “Onipa rentumi nnya biribi, gye sɛ wɔde fi soro ama no. 28 Mo ara mudi me adanse sɛ mekae sɛ, ‘Ɛnyɛ mene Kristo no,+ na mmom wɔasoma me adi n’anim.’+ 29 Nea ayeforo no wɔ no no, ɔno ne ayeforokunu+ no. Na ayeforokunu no adamfo de, sɛ ogyina hɔ, na ɔte ayeforokunu no nne a, n’ani gye paa. Enti m’anigye adi mu. 30 Ɛsɛ sɛ ɔkɔ so dɔre,* na me de, me so huan.”*

31 Nea ofi soro+ no, ɔsen obiara. Nea ofi asaase so no fi asaase so, na ɔka asaase so nsɛm. Nea ofi soro no, ɔsen obiara.+ 32 Nea wahu na wate no, ɛno na odi ho adanse,+ nanso obiara nnye n’adanse no ntom.+ 33 Nea ogye n’adanse no di no de n’ahyɛnsode atim so* sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo.+ 34 Efisɛ nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn nsɛm,+ na Onyankopɔn de honhom no ma ma ɛboro so.* 35 Agya no dɔ Ɔba no,+ na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa.+ 36 Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa;+ nea ontie Ɔba no rennya* nkwa,+ na Onyankopɔn abufuhyew remfi no so da.+

4 Na Awurade behui sɛ Farisifo no ate sɛ Yesu renya asuafo bebree, na ɔrebɔ nnipa pii asu+ sen Yohane. 2 Nea ɛwom ne sɛ, Yesu ankasa ammɔ nkurɔfo asu. Mmom, n’asuafo no na wɔbɔɔ nkurɔfo asu. 3 Bere a Yesu hui sɛ Farisifo no ate no, ofii Yudea, na ɔde n’ani kyerɛɛ Galilea bio. 4 Nanso na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria. 5 Enti okoduu Samaria kurow bi so; wɔfrɛ hɔ Sikar, na na ɛbɛn asaase a Yakob de maa ne ba Yosef no.+ 6 Ɛhɔ nso na na Yakob abura no wɔ.+ Ná akwantu no ama Yesu abrɛ, enti ɔtenaa abura no ho. Saa bere no, na ɛbɛyɛ dɔn a ɛto so asia.*

7 Ɔbea bi a ofi Samaria baa hɔ sɛ ɔrebɛsaw nsu. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me bi nnom.” 8 (Ná n’asuafo no kɔ kurom rekɔtɔ aduan.) 9 Ɛnna Samariani bea no bisaa no sɛ: “Adɛn na wo a woyɛ Yudani rebisa me a meyɛ Samariani bea hɔ nsu anom?” (Ná Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ.*)+ 10 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ wunim akyɛde a Onyankopɔn de ma kwa,+ ne onipa a ɔreka akyerɛ wo sɛ, ‘Ma me bi nnom’ no a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu.”+ 11 Ɛnna ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, wunni ade a wɔde saw nsu* mpo, na abura no nso, emu dɔ. Enti ɛhe na wunya saa nkwa nsu yi fi? 12 Yɛn agya Yakob a ɔde abura yi maa yɛn, a ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nom bi no, woyɛ kɛse sen no anaa?” 13 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara a ɔnom saa nsu yi bi no, osukɔm bɛde no bio. 14 Nanso obiara a ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no da.+ Mmom, nsu a mede bɛma no no bɛyɛ asuti wɔ ne mu, na ebepuw ama wanya daa nkwa.”+ 15 Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, ma me nsu yi bi, sɛnea ɛbɛyɛ a osukɔm renne me, na mankɔ so amma ha ammɛsaw* nsu.”

16 Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Kɔ na kɔfrɛ wo kunu na mommra ha.” 17 Ɛnna ɔbea no kae sɛ: “Minni kunu.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woaka no yiye sɛ wuse, ‘Minni kunu.’ 18 Efisɛ woaware kununom baanum, na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no, ɔnyɛ wo kunu. Enti woaka nokware.” 19 Ɛnna ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, mahu sɛ woyɛ odiyifo.+ 20 Yɛn agyanom somee wɔ bepɔw yi so, nanso mo de, muse Yerusalem ne baabi a ɛsɛ sɛ nkurɔfo som.”+ 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbea, gye me di, bere bi reba a, ɛnyɛ bepɔw yi so anaa Yerusalem na mobɛsom Agya no. 22 Mosom nea munnim;+ yɛn de, yɛsom nea yenim, efisɛ nkwagye fi Yudafo mu.*+ 23 Nanso bere bi reba, na adu, sɛ nokware asomfo bɛsom Agya no honhom ne nokware mu, na nnipa a wɔte saa nso na Agya no rehwehwɛ ama wɔasom no.+ 24 Onyankopɔn yɛ Honhom,+ na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no honhom ne nokware mu.”+ 25 Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Minim sɛ Mesia reba, nea wɔfrɛ no Kristo no. Na sɛ onya ba a, ɔbɛka nneɛma nyinaa akyerɛ yɛn pefee.” 26 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Me a me ne wo rekasa yi, mene no.”+

27 Saa bere no ara na n’asuafo no bae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ ɔne ɔbea rekasa. Nanso obiara ammisa sɛ: “Ɛdɛn na worehwehwɛ?” anaa “Adɛn na wo ne ɔbea no rekasa?” 28 Na ɔbea no gyaw n’ahina hɔ, na ɔkɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ: 29 “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me. Gyama oyi ne Kristo no anaa?” 30 Wofii kurow no mu, na wofii ase baa ne nkyɛn.

31 Saa bere no nyinaa, na n’asuafo no reka kyerɛ no sɛ: “Rabi,+ didi.” 32 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mewɔ aduan bi di a munnim.” 33 Enti asuafo no bisabisaa wɔn ho sɛ: “Obi abrɛ no biribi adi anaa?” 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde,+ na mawie n’adwuma.+ 35 Ɛyɛ a moka sɛ aka abosome anan ansa na twabere adu, ɛnte saa? Hwɛ! Mereka akyerɛ mo sɛ: Momma mo ani so nhwɛ mfuw no, na mubehu sɛ nnɔbae no awo* sɛ wotwa.+ Seesei 36 nea otwa no regye akatua, na ɔreboaboa aba ano ama daa nkwa, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ogu ne nea otwa nyinaa ani begye.+ 37 Eyi ma asɛm no yɛ nokware sɛ: Ɔbaako yɛ ogufo, na ɔbaako nso yɛ otwafo. 38 Mesomaa mo sɛ munkotwa nea monyɛɛ ho adwuma. Ebinom ayɛ adwuma, na mo na moanya wɔn adwuma no so mfaso.”

39 Na asɛm a ɔbea no ka de dii adanse sɛ, “Waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me”+ no nti, Samariafo a wofi saa kurow no mu pii gyee Yesu dii. 40 Enti bere a Samariafo no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn, na ɔtenaa hɔ nnanu. 41 Eyi nti, afoforo pii gyee no dii, efisɛ wotiee ne nsɛm. 42 Na wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Afei de, ɛnyɛ nea wokae no nko ara nti na yegye di; efisɛ yɛn ara yɛate, na yɛahu sɛ ampa, onipa yi ne wiase agyenkwa+ no.”

43 Nnanu no akyi no, ofii hɔ kɔɔ Galilea. 44 Nanso Yesu ankasa dii adanse sɛ, odiyifo nni nidi wɔ ɔno ara ne kurom.+ 45 Enti bere a oduu Galilea no, Galileafo no gyee no, efisɛ wɔkɔɔ afahyɛ a wodii wɔ Yerusalem no bi,+ na wohuu nneɛma a ɔyɛe wɔ afahyɛ+ no ase no nyinaa.

46 Na ɔsan baa Kana a ɛwɔ Galilea, baabi a ɔdan nsu nsã*+ no. Ná ahemfi panyin bi wɔ hɔ a ne babarima yare wɔ Kapernaum. 47 Bere a ɔbarima yi tee sɛ Yesu afi Yudea aba Galilea no, ɔkɔɔ ne nkyɛn. Na ɔkɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra,* na ɔmmɛsa ne ba no yare, efisɛ na ɔreyɛ awu. 48 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mo de, sɛ moanhu sɛnkyerɛnne+ ne anwonwade a, munnye nni da.” 49 Ahemfi panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, bra na me ba ketewa no anwu.” 50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sim kɔ; wo ba no te ase.”+ Ɔbarima no gyee asɛm a Yesu kae no dii, na ɔkɔe. 51 Na bere a ɔnam kwan so rekɔ no, ne nkoa behyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ, ne ba no te nkwa mu.* 52 Enti obisaa wɔn bere a ne ho tɔɔ no. Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nnɛra, dɔn a ɛto so ason* na atiridii no gyaee.” 53 Ɛhɔ na papa no hui sɛ saa bere no ara na Yesu kae sɛ: “Wo ba no te ase.”+ Enti ɔne ne fifo nyinaa gye dii. 54 Eyi ne sɛnkyerɛnne+ a ɛto so abien a Yesu yɛe bere a ofi Yudea baa Galilea no.

5 Eyi akyi no, Yudafo afahyɛ+ bi dui, na Yesu foro kɔɔ Yerusalem. 2 Ɔtare bi wɔ Yerusalem Nguan Pon+ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betsata, na abrannaa anum wɔ ho. 3 Ɛhɔ na na nnipa pii a wɔyɛ ayarefo, anifuraefo, mpakye, ne wɔn a wɔn fã adwudwo deda. 4 *—— 5 Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a wayare mfe 38. 6 Yesu hui sɛ ɔbarima yi da hɔ, na na onim sɛ wayare bere tenten. Enti obisaa no sɛ: “Wopɛ sɛ wo ho tɔ wo anaa?”+ 7 Ɛnna ɔyarefo no buaa no sɛ: “Owura, minni obiara a sɛ nsu no fono a, ɔde me bɛkɔ akɔto ɔtare no mu. Sɛ meyɛ sɛ merekɔtɔ mu a, na obi adi m’anim akɔtɔ mu.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre! Fa wo kɛtɛ,* na nantew.”+ 9 Ɛhɔ ara na ɔbarima no ho tɔɔ no, na ɔfaa ne kɛtɛ* fii ase nantewee.

Ná saa da no yɛ Homeda. 10 Enti Yudafo no fii ase ka kyerɛɛ ɔbarima a wɔasa no yare no sɛ: “Ɛyɛ Homeda, na mmara mma kwan sɛ wobɛsoa kɛtɛ* no.”+ 11 Ɛnna obuaa wɔn sɛ: “Nea ɔsaa me yare no, ɔno ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa wo kɛtɛ* na nantew.’” 12 Wobisaa no sɛ: “Onipa bɛn na ɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nantew’ no?” 13 Nanso na ɔbarima a wɔasa no yare no nnim onipa ko, efisɛ na Yesu afra nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no mu.

14 Eyinom akyi no, Yesu huu no wɔ asɔrefi hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, wo ho atɔ wo. Nyɛ bɔne bio, na biribi a ɛsen eyi anyɛ wo.” 15 Ɔbarima no fii hɔ kɔe, na ɔkɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ Yesu na ɔmaa ne ho tɔɔ no. 16 Asɛm yi nti, Yudafo no tan Yesu ani, efisɛ ɔyɛɛ eyinom Homeda. 17 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ, na me nso, mekɔ so yɛ adwuma.”+ 18 Eyi koraa na ɛmaa Yudafo no ani bere hwehwɛe sɛ wobekum no, efisɛ ɛnyɛ Homeda nko na na ɔrebu so, na mmom ɔfrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya,+ de yɛɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.+

19 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, Ɔba no ankasa rentumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea ohu sɛ Agya no yɛ.+ Na biribiara a Agya no yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ. 20 Agya no pɛ Ɔba no asɛm,+ na ɔkyerɛ no nneɛma a ɔno ankasa yɛ nyinaa, na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛse asen eyinom ama ayɛ mo nwonwa.+ 21 Na sɛnea Agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no,+ saa ara na Ɔba no nso ma obiara a ɔpɛ ba nkwa mu.+ 22 Na Agya no mmu obiara atɛn, na mmom ɔde atemmu nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,+ 23 na ama obiara adi Ɔba no ni sɛnea wodi Agya no ni no. Obiara a onni Ɔba no ni no, onni Agya a ɔsomaa no no ni.+ 24 Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a otie m’asɛm na ogye Nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa,+ na wɔremmu no atɛn, na mmom wafi owu mu aba nkwa mu.+

25 “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, bere no reba, na adu, sɛ awufo bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔayɛ aso atie no, wobenya nkwa. 26 Na sɛnea Agya no wɔ nkwa wɔ n’ankasa mu*+ no, saa ara na wama Ɔba no nso anya nkwa wɔ n’ankasa mu.+ 27 Na Agya no ama no tumi sɛ ommu atɛn,+ efisɛ ɔyɛ onipa Ba.+ 28 Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ bere no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne,+ 29 na wɔapue. Wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔre mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyiwade no akɔ atemmu wusɔre mu.+ 30 Merentumi mmɔ me tirim nyɛ hwee. Nea mete fi Agya no hɔ no, ɛno ara na migyina so bu atɛn. Na atɛn a mibu no teɛ,+ efisɛ menhwehwɛ nea me ara mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.+

31 “Sɛ me nko ara midi me ho adanse a, m’adanse no nyɛ nokware.+ 32 Obi foforo wɔ hɔ a odi me ho adanse, na minim sɛ adanse a odi wɔ me ho no yɛ nokware.+ 33 Moasoma nnipa akɔ Yohane hɔ, na wadi nokware no ho adanse.+ 34 Nanso minnye adanse mfi nnipa hɔ, na meka eyinom na moanya nkwa. 35 Ná saa ɔbarima no yɛ kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn, na mo de, na mopɛ sɛ mo ani gye kɛse wɔ ne hann mu kakra.+ 36 Nanso, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no, efisɛ nnwuma a m’Agya de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no, saa nnwuma a mereyɛ yi, ɛno ara na edi adanse sɛ Agya no na ɔsomaa me.+ 37 Na Agya a ɔsomaa me no, ɔno ara na wadi me ho adanse.+ Mo de, montee ne nne da, na munhuu sɛnea ɔte nso,+ 38 na n’asɛm nni mo mu, efisɛ munnye nea ɔsomaa no no mpo nni.

39 “Mohwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu,+ efisɛ mususuw sɛ ɛno na ɛbɛma moanya daa nkwa; ɛno ara* nso na edi me ho adanse.+ 40 Nanso, mompɛ sɛ moba me nkyɛn,+ na moanya nkwa. 41 Minnye anuonyam mfi nnipa hɔ, 42 na minim yiye sɛ munni Onyankopɔn dɔ wɔ mo mu. 43 M’Agya din mu na mebae, nanso munnye me. Sɛ obi foforo ba ɔno ara ne din mu a, ɔno de, mubegye no. 44 Mo mu biara gye anuonyam fi ne yɔnko nkyɛn, na anuonyam a efi Onyankopɔn koro pɛ no nkyɛn de, munnye.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na moagye adi? 45 Munnsusuw sɛ mɛbɔ mo sobo akyerɛ Agya no. Ɔbaako pɛ na ɔbɔ mo sobo; ɔno ne Mose,+ nea mode mo ani ato no so no. 46 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ mugye Mose di a, anka mubegye me adi, efisɛ ɔkyerɛw me ho asɛm.+ 47 Na sɛ munnye nsɛm a ɔkyerɛwee no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na moagye nsɛm a meka no adi?”

6 Eyinom akyi no, Yesu siim kɔɔ Galilea Po* anaa Tiberia Po no agya.+ 2 Na nnipadɔm kɛse bi kɔɔ so dii n’akyi,+ efisɛ wohuu anwonwade a ɔyɛe de saa ayarefo yare no.+ 3 Enti Yesu foro kɔɔ bepɔw bi so, na ɔne n’asuafo no kɔtenaa hɔ. 4 Saa bere no, na Yudafo afahyɛ a wɔfrɛ no Twam+ no abɛn. 5 Bere a Yesu maa n’ani so hui sɛ nnipadɔm kɛse bi reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo sɛ: “Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama nnipa yi adi?”+ 6 Nanso ɔkaa eyi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na onim nea ɔrebɛyɛ. 7 Filipo buaa no sɛ: “Paanoo denare* 200 renso wɔn sɛ wɔn mu biara benya ketewaa bi mpo.” 8 N’asuafo no baako, Simon Petro nua Andrea ka kyerɛɛ no sɛ: 9 “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ baali* paanoo anum ne mpataa nketewa abien. Nanso nnipa bebrebe yi, eyi bɛyɛ wɔn dɛn?”+

10 Yesu kae sɛ: “Momma nkurɔfo no ntenatena ase.” Ná sare pii wɔ hɔ, enti nnipa no tenatenaa ase. Ná wɔn dodow bɛyɛ 5,000.+ 11 Ɛnna Yesu faa paanoo no, na bere a ɔdaa ase no, ɔkyekyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no. Saa ara nso na ɔyɛɛ mpataa nketewa no, na dodow a wɔpɛ biara, wonyae. 12 Afei bere a wodidi mee no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mommoaboa nea aka ase no ano, na biribiara ansɛe kwa.” 13 Enti wɔboaboaa ano. Na baali paanoo anum a nkurɔfo no dii no, nea ɛkaa ase no yɛɛ nkɛntɛn 12 mama.

14 Bere a nnipa no huu sɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, wofii ase kae sɛ: “Ampa, oyi ne Odiyifo a ɔreba wiase no.”+ 15 Ɛnna Yesu hui sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyere no yɛ no ɔhene. Enti ɔtwee ne ho,+ na ɔno nko ara+ kɔhyɛɛ bepɔw no so bio.

16 Eduu anwummere no, n’asuafo no kɔɔ* ɛpo no ano,+ 17 na wɔforo tenaa ɔkorow bi mu sɛ wɔretwa po no akɔ Kapernaum. Saa bere no, na esum aba, nanso na Yesu mmaa wɔn nkyɛn.+ 18 Afei nso, na mframa rebɔ denneennen, enti na ɛpo no rebu fa so.+ 19 Afei bere a wɔharee ɔkorow no bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan* no, wohui sɛ Yesu nam po no so a ɔrebɛn ɔkorow no, na ehu kaa wɔn. 20 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ me; munnsuro!”+ 21 Afei wɔde anigye ma ɔbɛtenaa ɔkorow no mu, na ankyɛ koraa na ɔkorow no duu asaase a wɔrekɔ so no so.+

22 Ade kyee no, nnipadɔm a wɔkaa ɛpo no agya no hui sɛ ɔkorow biara nni hɔ. Na anka ɔkorow ketewa bi na ɛwɔ hɔ, nanso Yesu anka n’asuafo no ho antena saa ɔkorow no mu, efisɛ na n’asuafo no nko ara kɔ. 23 Na akorow fi Tiberia baa baabi a Awurade daa ase ma wodii paanoo no nkyɛn hɔ baabi. 24 Enti bere a nnipadɔm no hui sɛ Yesu ne n’asuafo no mu biara nni hɔ no, wɔkɔtenatenaa wɔn akorow mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu.

25 Na bere a wohuu no wɔ ɛpo no agya no, wobisaa no sɛ: “Rabi,+ bere bɛn na wobaa ha?” 26 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne a muhui nti na morehwehwɛ me, na mmom paanoo a mudi mee+ no ntia. 27 Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma. Mmom aduan a ɛnsɛe a ɛma daa nkwa+ a onipa Ba no de bɛma mo no, ɛno na monyɛ ho adwuma. Efisɛ ɔno na Agya no, Onyankopɔn ankasa, de n’ahyɛnsode atim ne so de akyerɛ sɛ wagye no atom.”+

28 Enti wobisaa no sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma?” 29 Yesu buaa wɔn sɛ: “Onyankopɔn adwuma ne sɛ mubegye nea ɔsomaa no no adi.”+ 30 Ɛnna wobisaa no sɛ: “Sɛnkyerɛnne bɛn na wobɛyɛ+ na ama yɛahu na yɛagye wo adi? Ɛdɛn na wobɛyɛ? 31 Yɛn agyanom dii mana wɔ sare so+ sɛnea wɔakyerɛw sɛ: ‘Ɔmaa wɔn paanoo a efi soro ma wodii.’”+ 32 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, Mose amma mo paanoo a efi soro; m’Agya mmom na ɔma mo nokware paanoo a efi soro no. 33 Na Onyankopɔn paanoo ne nea osian fi soro a ɔma wiase nkwa no.” 34 Enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn saa paanoo yi bi daa.”

35 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene nkwa paanoo no. Obiara a ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na obiara a ogye me di no, osukɔm renne no da.+ 36 Na sɛnea maka akyerɛ mo no, moahu me, nanso munnye nni.+ 37 Wɔn a Agya no de wɔn ama me nyinaa bɛba me nkyɛn, na nea ɔba me nkyɛn no, merempam no da;+ 38 efisɛ misian fii soro bae+ sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na ɛnyɛ me ara m’apɛde.+ 39 Nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ, mɛhwɛ na wɔn a ɔde wɔn ama me no, obiara anyera, na ɛda a edi akyiri no, manyan wɔn.+ 40 Na m’Agya apɛde ne sɛ, obiara a ogye Ɔba no tom, na ogye no di no benya daa nkwa,+ na ɛda a edi akyiri no, menyan no.”+

41 Afei Yudafo no fii ase kasakasae sɛ Yesu aka sɛ: “Mene paanoo a esian fii soro no.”+ 42 Na wofii ase kae sɛ: “Ɛnyɛ Yesu, Yosef ba a yenim ne papa ne ne maame no ni?+ Ɛyɛɛ dɛn na seesei ɔreka sɛ, ‘Misian fii soro na ɛbae’ yi?” 43 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnyae akasakasa no. 44 Obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no,+ na menyan no ɛda a edi akyiri no.+ 45 Wɔakyerɛw wɔ Adiyifo no mu sɛ: ‘Yehowa* bɛkyerɛkyerɛ wɔn nyinaa.’+ Obiara a watie Agya no, na wagye ne nkyerɛkyerɛ atom no ba me nkyɛn. 46 Ɛnyɛ sɛ onipa bi ahu Agya no;+ nea ofi Onyankopɔn hɔ no, ɔno nko ara na wahu Agya no.+ 47 Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ogye di no wɔ daa nkwa.+

48 “Mene nkwa paanoo no.+ 49 Mo agyanom dii mana wɔ sare so, nanso wowuwui.+ 50 Eyi ne paanoo a esian fii soro no, sɛ́ obiara nni bi, na wanwu. 51 Mene paanoo a ɛte ase a esian fii soro bae no. Sɛ obi di saa paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na nokwasɛm ne sɛ, paanoo a mede bɛma no, ɛno ne me honam a wiase nkwagye nti mede bɛma.”+

52 Ɛnna Yudafo no fii ase gyee akyinnye wɔ wɔn mu sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa yi atumi de ne honam ama yɛn ama yɛadi?” 53 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ moanni onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, munni nkwa wɔ mo mu.+ 54 Obiara a odi me honam, na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no+ ɛda a edi akyiri no; 55 efisɛ me honam yɛ aduan ankasa, na me mogya nso yɛ anonne ankasa. 56 Obiara a odi me honam na ɔnom me mogya no, ɔne me yɛ baako daa, na me nso me ne no yɛ baako.+ 57 Sɛnea Agya a ɔte ase no somaa me, ná Agya no nti na mete ase no, saa ara na nea odi me honam no, me nti, ɔno nso bɛtena ase.+ 58 Eyi ne paanoo a esian fii soro bae no. Ɛnte sɛ nea mo agyanom dii nanso wowuwui no. Obiara a odi saa paanoo yi bi no, ɔbɛtena ase daa.”+ 59 Ɔkaa eyinom bere a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan bi mu* wɔ Kapernaum no.

60 Bere a n’asuafo no mu pii tee eyi no, wɔkae sɛ: “Asɛm yi ano yɛ hyew; hena na obetumi atie?” 61 Nanso Yesu hui wɔ ne mu sɛ n’asuafo no rekasakasa wɔ eyi ho, enti obisaa wɔn sɛ: “Eyi to mo hintidua anaa? 62 Na sɛ muhu onipa Ba no sɛ ɔreforo akɔ baabi a na ɔwɔ kan no+ nso ɛ? 63 Honhom no na ɛma nkwa;+ ɔhonam de, ɛnka hwee koraa. Nsɛm a maka akyerɛ mo no yɛ honhom, na ɛyɛ nkwa.+ 64 Nanso mo mu bi nnye nni.” Asɛm no ne sɛ, efi mfiase no, na Yesu nim wɔn a wonnye nni ne nea na obeyi no ama.+ 65 Ɔtoaa so kae sɛ: “Eyi nti na maka akyerɛ mo sɛ, obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no kwan.”+

66 Eyi nti, n’asuafo no bebree san kɔɔ nneɛma a ɛwɔ akyi no ho,+ na wɔne no annantew bio. 67 Enti Yesu bisaa Dumien no sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” 68 Simon Petro buaa no sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ?+ Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.+ 69 Yɛagye adi, na yɛabehu sɛ wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ no.”+ 70 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ me na mepaw mo nnipa dumien yi?+ Nanso mo mu baako yɛ dinsɛefo.”*+ 71 Nea na ɔreka ne ho asɛm ankasa ne Yuda, Simon Iskariot ba no. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Dumien no mu baako+ de, nanso na ɔrebeyi no ama.

7 Eyi akyi no, Yesu kɔɔ so kyin faa Galilea, na na ɔmpɛ sɛ okyin Yudea, efisɛ na Yudafo no repɛ no akum no.+ 2 Nanso na Yudafo Apata* Afahyɛ+ no abɛn. 3 Enti ne nua mmarima+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi ha na kɔ Yudea sɛnea ɛbɛyɛ a w’asuafo no nso behu nnwuma a woreyɛ no bi. 4 Obiara nni hɔ a sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ade ma nkurɔfo hu no a, ɔbɛyɛ no kokoam. Sɛ wutumi yɛ eyinom a, ɛnde fa wo ho kyerɛ wiase no.” 5 Asɛm no ara ne sɛ, na ne nua mmarima no nnye no nni.+ 6 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me bere nnya nsoe,+ na mo de, bere biara ye ma mo. 7 Wiase no nni biribiara a ebegyina so atan mo, na me de, ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.+ 8 Mo de, monkɔ afahyɛ no ase, na me de, minnya nkɔɔ afahyɛ yi ase, efisɛ me bere nnya nsoe.”+ 9 Na bere a ɔkaa eyinom kyerɛɛ wɔn wiei no, ɔtenaa Galilea.

10 Nanso bere a ne nuanom kɔɔ afahyɛ no ase no, ɔno nso kɔe, nso wanyi ne ho adi. Mmom ɔde ne ho siei. 11 Enti Yudafo no fii ase hwehwɛɛ no wɔ afahyɛ no ase, na wobisae sɛ: “Saa ɔbarima no wɔ he?” 12 Na huhuhuhu kɔɔ so wɔ nnipadɔm no mu wɔ Yesu ho. Ebinom kae sɛ: “Ɔyɛ onipa pa.” Ɛnna ebi nso se: “Ɛnyɛ nokware, mmom ɔdaadaa nnipadɔm no.”+ 13 Nanso Yudafo no ho hu nti, obiara anyi n’anim anka ne ho asɛm.+

14 Bere a afahyɛ no duu mfinimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefi hɔ, na ofii ase kyerɛkyerɛe. 15 Eyi yɛɛ Yudafo no nwonwa, na wɔkae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na onipa yi nim Kyerɛwnsɛm* no saa+ bere a ɔnkɔɔ sukuu* biara?”+ 16 Yesu nso buaa wɔn sɛ: “Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom ɛyɛ nea ɔsomaa me no dea.+ 17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a, obehu sɛ nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn hɔ+ anaasɛ me ara na mebɔ me tirim kasa. 18 Obiara a ɔno ara bɔ ne tirim kasa no hwehwɛ ɔno ara n’anuonyam; na obiara a ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no,+ ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ biara nni ne mu. 19 Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo Mmara+ no anaa? Nanso mo mu baako mpo nni Mmara no so. Adɛn nti na morepɛ me akum me?”+ 20 Nnipadɔm no buae sɛ: “Wowɔ honhommɔne. Hena na ɔrepɛ wo akum wo?” 21 Yesu buaa wɔn sɛ: “Ade baako pɛ a meyɛe na ayɛ mo nyinaa nwonwa yi? 22 Eyi nti na Mose ama mo twetiatwa,*+ ɛnyɛ sɛ efi Mose bere so, na mmom efi agyanom bere so;+ na mutwa nnipa twetia homeda. 23 Sɛ wotumi twa obi twetia homeda sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrento Mose Mmara no a, ɛnde adɛn nti na mo bo afuw me denneennen sɛ mama obi ho atɔ no homeda?+ 24 Nea mo ani hu na mugyina so bu atɛn; munnyae saa, na mummu atɛn wɔ trenee mu.”+

25 Ɛnna Yerusalemfo no bi fii ase bisae sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima yi na wɔrepɛ no akum no no?+ 26 Nanso hwɛ! ogyina nnipa mu rekasa, nso wɔnka hwee nkyerɛ no. Adɛn, atumfo no abehu sɛ ɔno ara ne Kristo no anaa? 27 Yenim baabi a ɔbarima yi fi;+ nanso Kristo no de, sɛ ɔba a, ɛnsɛ sɛ obiara hu baabi a ofi.” 28 Na bere a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi hɔ no, ɔteɛɛm sɛ: “Munim me, na munim baabi a mifi nso. Ɛnyɛ me ara me pɛ na mede bae.+ Mmom Nea ɔsomaa me no yɛ obi a ɔwɔ hɔ paa, nanso munnim no.+ 29 Me de, minim no,+ efisɛ mebae sɛ ne nanmusini, na Ɔno na ɔsomaa me.” 30 Enti wofii ase hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no,+ nanso obiara amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere nnya nsoe.+ 31 Eyi nyinaa akyi, nnipadɔm no mu pii gyee no dii.+ Na wɔkae sɛ: “Sɛ Kristo no ba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne asen nea ɔbarima yi ayɛ yi anaa?”

32 Farisifo no tee sɛ nnipadɔm no reyɛ huhuhuhu keka nsɛm yi fa Yesu ho. Enti asɔfo mpanyin no ne Farisifo no somaa awɛmfo sɛ wɔnkɔkyere no. 33 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Mɛwɔ mo nkyɛn kakra ansa na makɔ Nea ɔsomaa me no nkyɛn.+ 34 Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, na baabi a mewɔ no, morentumi mma hɔ.”+ 35 Ɛno nti, Yudafo no kekaa wɔ wɔn mu sɛ: “Ɛhe na ɔbarima yi pɛ sɛ ɔkɔ a enti yɛrenhu no? Ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yudafo a wɔahwete Greecefo mu no nkyɛn na ɔkɔkyerɛkyerɛ Greecefo no anaa? 36 Asɛm a ɔkae yi kyerɛ dɛn, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, na baabi a mewɔ no, morentumi mma hɔ’?”

37 Na ɛda a etwa to a ɛyɛ afahyɛ no+ da kɛse no, Yesu sɔre gyinaa hɔ, na ɔteɛɛm sɛ: “Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn mmɛnom nsu.+ 38 Obiara a ogye me di no, sɛnea kyerɛwsɛm no aka no: ‘Ne mu tɔnn na nkwa asubɔnten bɛtene afi.’”+ 39 Nanso honhom+ no na na ɔreka ho asɛm, honhom a na wɔn a wogye no di no rebenya no. Saa bere no, na honhom no nnya mmae, efisɛ na wɔnhyɛɛ Yesu anuonyam.+ 40 Ɛnna nnipadɔm no mu bi a wɔtee nsɛm yi fii ase kae sɛ: “Ampa, oyi ne Odiyifo+ no.” 41 Ná ebi nso reka sɛ: “Oyi ne Kristo no.”+ Ɛnna ebinom rebisa sɛ: “Galilea na Kristo no befi aba anaa?+ 42 Kyerɛwnsɛm no se, Dawid+ aseni no mu na Kristo no befi aba, na obefi Betlehem+ na aba, akuraa a na Dawid te mu+ no, ɛnte saa?” 43 Na ne nti, nnipadɔm no mu kyɛe. 44 Ná wɔn mu bi pɛ sɛ wɔkyere no, nanso obiara amfa ne nsa anka no.

45 Enti awɛmfo no san kɔɔ asɔfo mpanyin no ne Farisifo no hɔ, na wobisaa awɛmfo no sɛ: “Adɛn nti na moamfa no amma?” 46 Awɛmfo no buae sɛ: “Obiara nkasae saa da.”+ 47 Ɛnna Farisifo no bisaa wɔn sɛ: “Mo nso wɔadaadaa mo anaa? 48 Atumfo no anaa Farisifo no bi agye no adi anaa?+ 49 Na nnipadɔm yi a wonnim Mmara no, wɔadome wɔn.” 50 Ɛnna Nikodemo, Farisini a bere bi ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no bisaa wɔn sɛ: 51 “Sɛ yennii kan ntiee obi anom asɛm nhuu nea ɔreyɛ a, yɛn Mmara tumi bu no atɛn anaa?”+ 52 Wobuaa no sɛ: “Adɛn, wo nso wufi Galilea anaa? Hwehwɛ mu hwɛ, na wubehu sɛ odiyifo biara nni hɔ a obefi Galilea aba.”*

8 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mene wiase hann.+ Obiara a odi m’akyi no rennantew sum mu da, mmom obenya nkwa hann.”+ 13 Enti Farisifo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara na wudi wo ho adanse; w’adanse no nyɛ nokware.” 14 Na Yesu buaa wɔn sɛ: “Sɛ me ara na midi me ho adanse mpo a, m’adanse no yɛ nokware, efisɛ minim baabi a mifi bae ne baabi a merekɔ.+ Na mo de, munnim baabi a mifi bae ne baabi a merekɔ. 15 Nnipa adwene* na mode bu atɛn;+ me de, mimmu onipa biara atɛn koraa. 16 Na sɛ mibu atɛn mpo a, m’atemmu yɛ nokware, efisɛ ɛnyɛ me nko ara na mewɔ hɔ, na mmom Agya a ɔsomaa me no ka me ho.+ 17 Afei nso, wɔakyerɛw wɔ mo ara mo Mmara mu sɛ: ‘Nnipa baanu adanse yɛ nokware.’+ 18 Midi me ho adanse, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.”+ 19 Na wobisaa no sɛ: “Ɛhe na w’Agya wɔ?” Yesu buae sɛ: “Munnim me, na saa ara nso na munnim m’Agya.+ Sɛ munim me a, anka mubehu m’Agya nso.”+ 20 Bere a ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi hɔ no na ɔkaa eyinom wɔ baabi a woyi ntoboa+ no. Nanso obiara ankyere no, efisɛ na ne bere nnya nsoe.+

21 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, nanso mubewu wɔ mo bɔne mu.+ Baabi a merekɔ no, morentumi mma hɔ.”+ 22 Ɛnna Yudafo no fii ase kae sɛ: “Adɛn, ɔpɛ sɛ okum ne ho anaa? Efisɛ ose, ‘Baabi a merekɔ no, morentumi mma hɔ.’” 23 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mufi fam; me de, mifi soro.+ Mufi wiase yi mu; me de, mimfi wiase yi mu. 24 Ɛno nti na meka kyerɛɛ mo sɛ: Mubewu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ mene no a, ɛnde mubewu wɔ mo bɔne mu.” 25 Ɛnna wobisaa no sɛ: “Wone hena?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti koraa na me ne mo rekasa? 26 Mewɔ nsɛm pii a ɛsɛ sɛ meka fa mo ho, na mewɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ mibu ho atɛn. Nokwasɛm ni, Nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo, na nea mete fii ne nkyɛn no ara na mereka wɔ wiase.”+ 27 Wɔante ase sɛ Agya no ho asɛm na na ɔreka akyerɛ wɔn. 28 Na Yesu kae sɛ: “Sɛ munya ma onipa Ba no so+ a, ɛno na mubehu sɛ mene no,+ na memmɔ me tirim nyɛ biribiara;+ na nea Agya no akyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka. 29 Na Nea ɔsomaa me no ka me ho; wannyaw me nko ara, efisɛ daa meyɛ nea ɛsɔ n’ani.”+ 30 Bere a ɔreka saa nsɛm no, nnipa pii gyee no dii.

31 Na Yesu toaa so ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔagye no adi no sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, 32 na mubehu nokware no,+ na nokware no beyi mo afi nkoasom mu.”*+ 33 Wobuaa no sɛ: “Yɛyɛ Abraham asefo, na yɛnyɛɛ nkoa mmaa obiara da. Adɛn nti na woka sɛ, ‘Wobeyi mo afi nkoasom mu?”* 34 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ bɔne akoa.+ 35 Afei nso, akoa nka fie daa; ɔba na ɔka fie daa. 36 Enti sɛ Ɔba no yi mo fi nkoasom mu* a, ɛnde na monyɛ nkoa bio* ampa. 37 Minim sɛ moyɛ Abraham asefo. Nanso morepɛ me akum me, efisɛ munnye me nkyerɛkyerɛ ntom.* 38 Nea mihui bere a mewɔ m’Agya nkyɛn no,+ ɛno na meka; na mo nso, nea moate afi mo agya hɔ no, ɛno na moyɛ.” 39 Wobuaa no sɛ: “Yɛn agya ne Abraham.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moyɛ Abraham mma+ a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma. 40 Nanso seesei morepɛ me akum me, onipa a maka nokware a mete fii Onyankopɔn nkyɛn akyerɛ mo no.+ Abraham anyɛ eyi. 41 Mo agya nnwuma na moreyɛ.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔanwo yɛn aguamammɔ* mu; yɛwɔ Agya baako, ɔno ne Onyankopɔn.”

42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya a, anka mobɛdɔ me,+ efisɛ mifi Onyankopɔn hɔ na aba ha. Ɛnyɛ me ara na mede me pɛ bae, na mmom Ɔno na ɔsomaa me.+ 43 Adɛn nti na monte nea mereka no ase? Efisɛ muntumi ntie m’asɛm. 44 Mufi mo agya Ɔbonsam hɔ, na mopɛ sɛ moyɛ mo agya+ no apɛde. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase,+ na wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi ɔno ara ne suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.+ 45 Na me de, esiane sɛ meka nokware kyerɛ mo nti, munnye me nni. 46 Mo mu hena na obetumi abu me atɛn sɛ mayɛ bɔne? Sɛ meka nokware a, adɛn nti na munnye me nni? 47 Nea ofi Onyankopɔn no tie Onyankopɔn asɛm.+ Nea enti a muntie ne sɛ, mumfi Onyankopɔn.”+

48 Ɛnna Yudafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea yɛkae no na ɛda hɔ no, ‘Woyɛ Samariani,+ na wowɔ honhommɔne.’”+ 49 Yesu buae sɛ: “Minni honhommɔne, na mmom midi m’Agya ni, na mo de, mugu m’anim ase.* 50 Nanso menhwehwɛ anuonyam mma me ho;+ Onyankopɔn na ɔpɛ sɛ minya anuonyam, na Ɔno na obu atɛn. 51 Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a obedi m’asɛm so no, ɔrenwu da.”*+ 52 Yudafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Afei paa na yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham wui, na adiyifo no nso saa ara. Nanso wo de, wuse, ‘Obiara a obedi m’asɛm so no, ɔrenka owu nhwɛ koraa.’ 53 Woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham a owui no anaa? Adiyifo no nso, wowuwui. Wususuw sɛ woyɛ hena?” 54 Yesu buae sɛ: “Sɛ me ara mehyɛ me ho anuonyam a, m’anuonyam no nyɛ hwee. Ɛyɛ m’Agya na ɔhyɛ me anuonyam,+ nea moka sɛ ɔyɛ mo Nyankopɔn no. 55 Nanso munnim no,+ na me de, minim no.+ Sɛ meka sɛ minnim no a, na meyɛ ɔtorofo te sɛ mo. Nanso minim no, na midi n’asɛm so. 56 Ná mo agya Abraham wɔ anidaso sɛ obehu me da no, na n’ani gyei paa; ohui, na odii ahurusi.”+ 57 Ɛnna Yudafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wunnii mfe 50 mpo na wuse woahu Abraham yi?” 58 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, ansa na Abraham reba no, na mewɔ hɔ.”+ 59 Ɛno nti, wɔtasee abo sɛ wɔrebɛtotow aboro no; nanso Yesu de ne ho siei, na ofii asɔrefi hɔ kɔe.

9 Bere a ɔretwam no, ohuu ɔbarima bi a wɔwoo no onifuraefo. 2 Ɛnna n’asuafo no bisaa no sɛ: “Rabi,+ hena na ɔyɛɛ bɔne a enti wɔwoo ɔbarima yi onifuraefo? Ɛyɛ ɔno ara, anaa n’awofo?” 3 Yesu buae sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima yi anaa n’awofo mu biara na ɛyɛɛ bɔne, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa behu Onyankopɔn nnwuma ntia.+ 4 Bere a adekyee wɔ hɔ yi, ɛsɛ sɛ yɛyɛ Nea ɔsomaa me no nnwuma.+ Anadwo reba, na obiara rentumi nyɛ adwuma. 5 Bere tenten a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann.”+ 6 Bere a ɔkaa saa no, ɔtew ntasu too fam, na ɔde ntasu no fraa dɔte, ɛnna ɔde sraa ɔbarima no ani so.+ 7 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔhohoro wɔ ɔtare Siloam (a ne nkyerɛase ne “Wɔasoma”) no mu. Enti ɔkɔe, na ɔkɔhohoroe; ɔsan bae no, na ohu ade.+

8 Na mpɔtam hɔfo ne wɔn a kan no na wohu no sɛ ɔsrɛsrɛ ade no fii ase kae sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima a na ɔte hɔ srɛsrɛ ade no ni?” 9 Ebinom kae sɛ: “Ɛyɛ ɔno.” Ɛnna ebinom nso se: “Daabi, sɛ na ɔsɛ no.” Ɔbarima no de, nea na ɔreka ara ne sɛ: “Ɛyɛ me ara.” 10 Enti wobisaa no sɛ: “Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na w’ani buei?” 11 Obuae sɛ: “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔfɔtɔw dɔte de sraa m’ani so. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ Siloam mu na kɔhohoro.’+ Enti mekɔe, na mekɔhohoroe, na mihuu ade.” 12 Ɛnna wobisaa no sɛ: “Saa ɔbarima no wɔ he?” Na ɔkae sɛ: “Minnim.”

13 Ɛnna wɔde ɔbarima a na anka n’ani afura no kɔɔ Farisifo no hɔ. 14 Yɛreka yi, ɛda a Yesu fɔtɔw dɔte na obuee n’ani no,+ na ɛyɛ Homeda.+ 15 Enti afei, Farisifo no nso fii ase bisaa no nea ɛyɛe a ohuu ade. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔfɔtɔw dɔte de yɛɛ m’ani so, ɛnna mekɔhohoroe, ɛnna mihuu ade.” 16 Ɛnna Farisifo no bi fii ase kae sɛ: “Onipa yi mfi Onyankopɔn hɔ, efisɛ onni Homeda.”+ Na ebinom nso kae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔyɛ ɔbɔnefo atumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte saa?”+ Enti wɔn mu paapaee.+ 17 Ɛnna wobisaa onifuraefo no bio sɛ: “Wo na wabue w’ani, enti dɛn na woka fa ne ho?” Ɔbarima no kae sɛ: “Ɔyɛ odiyifo.”

18 Nanso Yudafo no annye anni sɛ na n’ani afura, ɛnna afei wahu ade, kosii sɛ wɔkɔfrɛɛ ɔbarima a afei de ohu ade no awofo bae. 19 Na wobisaa wɔn sɛ: “Mo ba a moka sɛ mowoo no onifuraefo no ni? Ɛyɛɛ dɛn na afei de ohu ade?” 20 N’awofo no buae sɛ: “Yenim sɛ yɛn ba ni. Yɛwoo no no, na n’ani afura. 21 Nanso nea ɛyɛe a seesei ohu ade yi de, yennim, na onipa a obuee n’ani no nso, yennim. Mummisa no. Wanyin. Ɔno ara na ɛsɛ sɛ ɔka n’asɛm.” 22 Nea enti a n’awofo kaa eyi ne sɛ, na wosuro Yudafo no.+ Efisɛ na Yudafo no abɔ pɔw sɛ, sɛ obi gye Yesu tom sɛ ɔno ne Kristo a, wobetu no afi hyiadan no mu.+ 23 Eyi na ɛmaa n’awofo kae sɛ: “Wanyin. Mummisa no” no.

24 Enti wɔfrɛɛ ɔbarima a na n’ani afura no ne mprenu so, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hyɛ Onyankopɔn anuonyam; yenim sɛ saa ɔbarima no yɛ ɔbɔnefo.” 25 Ɔno nso kae sɛ: “Sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo a, me de minnim. Ade baako na minim, ɛne sɛ na meyɛ onifuraefo, nanso afei de, mihu ade.” 26 Ɛnna wobisaa no sɛ: “Dɛn na ɔyɛɛ wo? Ɔyɛɛ dɛn na obuee w’ani?” 27 Obuaa wɔn sɛ: “Maka akyerɛ mo dedaw, nanso moantie. Adɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ moyɛ n’asuafo anaa?” 28 Ɛnna wɔyeyaw no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo na woyɛ saa ɔbarima no suani, na yɛn de, yɛyɛ Mose asuafo. 29 Yenim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose, na saa ɔbarima yi de, yennim baabi a ofi.” 30 Ɔbarima no buaa wɔn sɛ: “Asɛm yi yɛ nwonwa paa, sɛ munnim baabi a ofi, nanso wabue m’ani. 31 Yenim sɛ Onyankopɔn ntie abɔnefo,+ na sɛ obi suro Onyankopɔn na ɔyɛ nea ɔpɛ a, ɔno mmom na otie no.+ 32 Efi tete besi nnɛ, yɛntee sɛ obi abue nea wɔawo no onifuraefo ani da. 33 Sɛ ɔbarima yi mfi Onyankopɔn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee.”+ 34 Wobuaa no sɛ: “Wo a bɔne mu nko na wɔwoo wo yi, wo na worekyerɛkyerɛ yɛn?” Ɛnna wɔpam no fii hɔ!+

35 Yesu tee sɛ wɔapam no. Na bere a Yesu huu no no, obisaa no sɛ: “Wugye onipa Ba no di anaa?” 36 Ɔbarima no buae sɛ: “Owura, ɔne hena, na minnye no nni?” 37 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woahu no, na nokwasɛm ne sɛ, ɔno ara na ɔne wo rekasa yi.” 38 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, migye no di.” Na ɔkotow n’anim. 39 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Atemmu yi nti na mebaa wiase, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonhu ade no behu ade,+ na wɔn a wohu ade no adan anifuraefo.”+ 40 Farisifo a na wɔwɔ hɔ no mu bi tee nsɛm yi, na wobisaa no sɛ: “Yɛn nso, yɛyɛ anifuraefo anaa?” 41 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moyɛ anifuraefo a, anka bɔne nni mo ho. Nanso seesei moka sɛ, ‘Yehu ade.’ Enti mo bɔne no aka hɔ.”+

10 “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguammuw no mu, na ɔforo fa baabi foforo no, saa onipa no yɛ ɔkorɔmfo ne obi a ɔfom nneɛma.+ 2 Na nea ɔfa ɔpon ano ba mu no, ɔno ne nguan no hwɛfo.+ 3 Ɔno na ɔpon ano hwɛfo no bue no,+ na nguan no tie ne nne.+ Ɔbobɔ ɔno ara ne nguan din frɛ wɔn, na odi wɔn anim de wɔn pue. 4 Sɛ ɔde ne nguan no nyinaa pue a, odi wɔn anim, na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne. 5 Ɔhɔho de, wɔrenni n’akyi da. Mmom, wobeguan afi ne nkyɛn, efisɛ wonnim ahɔho nne.” 6 Yesu yɛɛ saa ntotoho yi kyerɛɛ wɔn, nanso wɔante asɛm a na ɔreka akyerɛ wɔn no ase.

7 Enti Yesu kae bio sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, mene nguan no pon no.+ 8 Wɔn a wɔde me din aba nyinaa yɛ awifo ne akorɔmfo-werɛmfo; na nguan no antie wɔn. 9 Mene ɔpon no; obiara a ɔfa me so kɔ mu no, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu na waba na wanya adidibea.+ 10 Ɔkorɔmfo remma, gye sɛ ɔrebewia ade, adi awu, na wasɛe ade.+ Me de, maba sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkwa, na wɔanya ama aboro so. 11 Mene oguanhwɛfo pa+ no; oguanhwɛfo pa de ne nkwa* to hɔ ma nguan no.+ 12 Ɔpaani a ɔnyɛ oguanhwɛfo, a nguan no nyɛ ne dea no, sɛ ohu sɛ pataku reba a, ogyaw nguan no hɔ guan, na pataku no kyere nguan no, na ɔbɔ wɔn hwete. 13 Nea enti a ɔpaani no guan ne sɛ, paa na wɔabɔ no, enti nguan no ho nhia no. 14 Mene oguanhwɛfo pa no. Minim me nguan, na me nguan nso nim me;+ 15 ɛte sɛ nea Agya no nim me, na me nso minim Agya no+ ara pɛ. Na mede me nkwa* to hɔ ma nguan no.+

16 “Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu;+ wɔn nso, ɛsɛ sɛ mede wɔn ba mu. Wobetie me nne, na wɔabɛyɛ kuw baako anya ɔhwɛfo baako.+ 17 Eyi nti na Agya no dɔ me,+ efisɛ mede me nkwa* to hɔ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a me nsa bɛka bio. 18 Obiara rennye mfi me nsam, na mmom me ara na mede to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi nso sɛ mesan fa.+ M’Agya na ɔde saa ahyɛde yi maa me.”

19 Asɛm yi nti, Yudafo no mu paapaee+ bio. 20 Wɔn mu pii kae sɛ: “Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam. Adɛn nti na mutie no?” 21 Ebinom nso kae sɛ: “Eyi nyɛ nsɛm a efi obi a ɔwɔ honhommɔne hɔ. Mohwɛ a, honhommɔne betumi abue anifuraefo ani ama ayɛ yiye?”

22 Saa bere no, na Asɔrefi-So-Hyira Afahyɛ* no rekɔ so wɔ Yerusalem. Ná ɛyɛ awɔw bere, 23 na na Yesu nenam asɔrefi hɔ wɔ Solomon abrannaa+ no so. 24 Ɛnna Yudafo no kotwaa ne ho hyiae, na wofii ase bisaa no sɛ: “Wobɛma yɛatwɛn* akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, ka no pen kyerɛ yɛn.” 25 Yesu buaa wɔn sɛ: “Maka akyerɛ mo, nanso munnye nni. Nnwuma a meyɛ wɔ m’Agya din mu no, ɛno na edi me ho adanse.+ 26 Nanso munnye nni, efisɛ monyɛ me nguan.+ 27 Me nguan tie me nne, na minim wɔn, na wodi m’akyi.+ 28 Mɛma wɔn daa nkwa,+ na wɔrensɛe wɔn da, na obiara renhwim wɔn mfi me nsam.+ 29 Nguan a m’Agya de ama me no som bo sen ade foforo biara, na obiara rentumi nhwim wɔn mfi Agya no nsam.+ 30 Me ne Agya no yɛ baako.”*+

31 Ɛnna Yudafo no sesaw abo bio sɛ wɔrebɛtotow aboro no. 32 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mayɛ nnwuma pa pii a efi Agya no nkyɛn akyerɛ mo. Nnwuma no mu nea ɛwɔ he nti na morebesiw me abo yi?” 33 Yudafo no buaa no sɛ: “Ɛnyɛ adwuma pa bi nti na yɛrebesiw wo abo, na mmom abususɛm a woaka+ ntia; efisɛ woyɛ onipa, nanso woyɛ wo ho onyame.” 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔnkyerɛwee wɔ mo Mmara mu sɛ, ‘Mekae sɛ: “Moyɛ anyame”’?+ 35 Na yenim sɛ wosesa kyerɛwsɛm no a, ɛrenyɛ yiye. Enti sɛ Onyankopɔn frɛɛ wɔn a n’asɛm kasa tiaa wɔn no mpo ‘anyame’+ a, 36 ɛnde me a Agya no atew me ho, na wasoma me aba wiase no, adɛn nti na moka kyerɛ me sɛ, ‘Woka abususɛm’ esiane sɛ mekae sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba’+ nti? 37 Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, munnnye me nnni. 38 Na sɛ meyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnde, sɛ me na munnye me nni a, munnye nnwuma+ no nni, na moahu, na moakɔ so ahu sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ Agya no mu.”+ 39 Enti wɔsan yɛe sɛ wɔrekyere no, nanso ofii hɔ kɔe a wɔn nsa anka no.

40 Na osiim bio kotwaa Yordan, na ɔkɔɔ baabi a kan no na Yohane bɔ nkurɔfo asu+ no, na ɔtenaa hɔ. 41 Na nnipa bebree baa ne nkyɛn, na wofii ase kae sɛ: “Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne baako mpo, nanso nea Yohane ka faa ɔbarima yi ho nyinaa yɛ nokware.”+ 42 Na nnipa pii gyee no dii wɔ hɔ.

11 Ná ɔbarima bi a wɔfrɛ no Lasaro yare. Ná ofi Betania, akuraa a Maria ne ne nuabea Marta+ fi mu no. 2 Maria yi, ɔno na ohwiee ngo huamhuam guu Awurade ho, na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ase+ no. Ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no. 3 Enti ne nua mmea no de nkra kɔmaa Yesu sɛ: “Awurade, hwɛ! nea wopɛ n’asɛm no yare.” 4 Na bere a Yesu tee no, ɔkae sɛ: “Saa ɔyare yi nyɛ yare a ɛde no bɛkɔ owu mu, na mmom Onyankopɔn anuonyam ntia,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfa so ahyɛ Onyankopɔn Ba no anuonyam.”

5 Ná Yesu dɔ Marta ne ne nuabea ne Lasaro. 6 Nanso bere a ɔtee sɛ Lasaro yare no, ɔtenaa baabi a na ɔwɔ no nnanu kaa ho. 7 Na ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: “Momma yɛnkɔ Yudea bio.” 8 Asuafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi,+ nnaano yi ara na anka Yudafo no resiw wo abo,+ ɛnna woresan akɔ hɔ bio yi?” 9 Yesu buae sɛ: “Ɛnyɛ nnɔnhwerew 12 na ɛwɔ adekyee mu?+ Sɛ obi nantew awia a, ne nan mpem hwee,* efisɛ ohu wiase hann. 10 Na sɛ obi nantew anadwo a, ne nan pem ade,* efisɛ onni hann mu.”*

11 Bere a ɔkaa eyinom no, ɔka kaa ho sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada,+ na merekɔ hɔ akonyan no.” 12 Ɛnna asuafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wada a, ɛnde ne ho bɛtɔ no.” 13 Yesu de, ne wu ho asɛm na na ɔreka. Nanso na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ nna ankasa ho asɛm na ɔreka. 14 Enti afei de, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: “Lasaro awu,+ 15 na mo nti, ɛyɛ me dɛ sɛ na minni hɔ, na ama moagye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.” 16 Enti Toma a na wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no sɛ: “Momma yɛn nso yɛnkɔ na yɛne no nkowu.”+

17 Bere a Yesu duu hɔ no, ohui sɛ na Lasaro adi nnanan dedaw wɔ ɔda no mu. 18 Ná Betania bɛn Yerusalem. Efi Yerusalem rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin* abien. 19 Ɛno nti, na Yudafo bebree aba Marta ne Maria nkyɛn rebɛkyekye wɔn werɛ, wɔn nua no nti. 20 Bere a Marta tee sɛ Yesu reba no, okohyiaa no; na Maria+ de, ɔtenaa fie. 21 Ɛnna Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu. 22 Na seesei mpo, minim sɛ ade biara a wubebisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn de bɛma wo.” 23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” 24 Marta ka kyerɛɛ no sɛ: “Minim sɛ da a etwa to no, ɔbɛsɔre wɔ owusɔre no mu.”+ 25 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa.+ Nea ogye me di no, sɛ owu mpo a, ɔbɛba nkwa mu; 26 na obiara a ɔte ase a ogye me di no, ɔrenwu da.+ Wugye eyi di anaa?” 27 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yiw, Awurade, migye di sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba no, nea ɔreba wiase no.” 28 Bere a ɔkaa eyi wiei no, ofii hɔ kɔe, na ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria. Ɔka guu n’asom sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo+ no aba, na ɔrefrɛ wo.” 29 Bere a Maria tee saa no, ɛhɔ ara na ɔsɔree, na ɔkɔɔ ne nkyɛn.

30 Saa bere no, na Yesu nnya nkɔɔ akuraa no ase, na mmom na ɔda so wɔ baabi a Marta behyiaa no no. 31 Bere a Yudafo a na wɔne Maria wɔ ofie hɔ rekyekye ne werɛ no hui sɛ wasɔre prɛko pɛ apue no, wodii n’akyi. Ná wɔn adwene yɛ wɔn sɛ ɔrekɔ ɔda+ no so akosu wɔ hɔ. 32 Bere a Maria duu baabi a Yesu wɔ a n’ani bɔɔ no so no, ɔhwee ne nan ase, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” 33 Bere a Yesu hui sɛ Maria resu, a Yudafo a wɔkaa ne ho bae no nso resu no, oguu ahome kɛse,* na ne ho yeraw no. 34 Na obisaa wɔn sɛ: “Ɛhe na mode no toe?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, bra bɛhwɛ.” 35 Yesu sui.+ 36 Ɛnna Yudafo no fii ase kae sɛ: “Monhwɛ sɛnea na ɔpɛ n’asɛm!” 37 Nanso wɔn mu bi kae sɛ: “Ɔbarima yi a obuee onifuraefo no ani+ no, enti wantumi anhwɛ ama oyi awu?”

38 Afei bere a Yesu guu ahome bio no, ɔbaa ɔda no so. Ná ɛyɛ ɔbodan, na na ɔbo tweri ano. 39 Yesu kae sɛ: “Munyi ɔbo no.” Ɛnna Marta a ne nua awu no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sesɛɛ de, wabɔn, efisɛ wadi nnanan.” 40 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Onyankopɔn anuonyam?”+ 41 Enti woyii ɔbo no fii hɔ. Afei Yesu maa n’ani so hwɛɛ soro,+ na ɔkae sɛ: “Agya, meda wo ase sɛ woatie me. 42 Minim paa sɛ wutie me daa; nanso nnipadɔm a wogyinagyina ha no nti na mereka eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye adi sɛ wo na wosomaa me.”+ 43 Bere a ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Lasaro, pue bra!”+ 44 Ɛnna ɔbarima a wawu no pue bae. Ná wɔde ntama akyekyere ne nan ne ne nsa, na na wɔde ntama bi akyekyere n’anim. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsan no, na momma ɔnkɔ.”

45 Enti Yudafo a na wɔaba Maria nkyɛn a wohuu nea Yesu yɛe no bebree gyee Yesu dii.+ 46 Nanso wɔn mu bi kɔɔ Farisifo no hɔ, na wɔkɔkaa nea Yesu ayɛ no kyerɛɛ wɔn. 47 Ɛno nti, asɔfo mpanyin ne Farisifo no frɛɛ Sanhedrin no behyiae, na wɔkae sɛ: “Dɛn koraa na yɛnyɛ, efisɛ ɔbarima yi yɛ nsɛnkyerɛnne+ bebree? 48 Sɛ yegyaa no saa a, wɔn nyinaa begye no adi, na Romafo no bɛba abɛfa yɛn ha yi* ne yɛn man no nyinaa.” 49 Nanso wɔn mu baako, Kaiafa,+ a na ɔyɛ ɔsɔfo panyin saa afe no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnim hwee koraa. 50 Enti munnim sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama ɔmanfo no, sen sɛ ɔman mu no nyinaa bɛsɛe?” 51 Nanso ɛnyɛ ɔno ara na ɔde n’adwene kaa eyi. Mmom, na ɔyɛ ɔsɔfo panyin saa afe no. Ɛno nti na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, ɛsɛ sɛ Yesu wu ma ɔman no. 52 Ɛnyɛ ɔman no nko ara, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboaboa Onyankopɔn mma a wɔabɔ wɔn ahwete no ano ayɛ wɔn baako. 53 Enti efi saa da no ara wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum no.

54 Ɛno nti, Yesu annantew baguam bio wɔ Yudafo no mu, mmom ofii hɔ kɔɔ baabi a ɛbɛn sare so, kurow bi a wɔfrɛ no Efraim+ mu, na ɔne n’asuafo no tenaa hɔ. 55 Saa bere no, na Yudafo Twam+ Afahyɛ no abɛn. Na nnipa bebree fi nkuraase foro kɔɔ Yerusalem ansa na Twam Afahyɛ no redu so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ akodwira wɔn ho. 56 Ná wɔrehwehwɛ Yesu, na bere a wogyinagyina asɔrefi hɔ no, wobisabisaa wɔn ho sɛ: “Mudwen ho dɛn? Ɔremma afahyɛ no ase koraa anaa?” 57 Ná asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ mmara sɛ, sɛ obi hu baabi a Yesu wɔ a, ɔmmɛbɔ wɔn amanneɛ na wɔnkɔkyere no.

12 Bere a aka nnansia ama Twam no adu no, Yesu baa Betania; ɛhɔ na na Lasaro+ a Yesu nyan no fii awufo mu no te. 2 Enti wɔyɛɛ anwummere aduan maa no wɔ hɔ, na na Marta resom wɔn.+ Lasaro de, na ɔka wɔn a wɔne no redidi no ho.* 3 Ɛnna Maria faa ngo huamhuam a ne bo yɛ den paa, nardo ngo huamhuam papa bi, bɛyɛ toa baako.* Na ohwie guu Yesu nan ho, na ɔde ne ti nwi popae. Na ngo huamhuam+ no gyee ofie hɔ nyinaa. 4 Nanso Yuda Iskariot+ a na ɔyɛ asuafo no mu baako, a na ɔrebeyi no ama no kae sɛ: 5 “Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare* 300 amfa amma ahiafo?” 6 Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa, mmom na ɔyɛ ɔkorɔmfo. Ná sika adaka no wɔ ne nkyɛn, na na ɔtaa wiawia sika a wɔde gu mu no bi. 7 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Munnyaa no mma ɔnyɛ amanne yi mma da a wobesie me.+ 8 Ahiafo de, wɔwɔ mo nkyɛn daa,+ na me de, ɛnyɛ daa na mɛwɔ mo nkyɛn.”+

9 Na nnipadɔm bi a wɔyɛ Yudafo hui sɛ Yesu wɔ hɔ, na wɔbaa hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko ara nti na wɔbaa hɔ, na mmom wɔbɛhwɛɛ Lasaro a onyan no fii awufo mu+ no nso. 10 Afei asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso, 11 efisɛ ɔno nti, Yudafo bebree kɔɔ hɔ, na wogyee Yesu dii.+

12 Ɛda a edi hɔ no, nnipadɔm kɛse a wɔbaa afahyɛ no ase no tee sɛ Yesu reba Yerusalem. 13 Enti wɔfaa berɛw, na wopue kohyiaa no. Ɛnna wofii ase teɛteɛɛm sɛ: “Yɛsrɛ wo gye no! Nhyira ne nea ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ Nhyira ne Israel Hene+ no!” 14 Na Yesu huu afurum ba bi, na ɔtenaa no so,+ sɛnea wɔakyerɛw sɛ: 15 “Sion babea, nsuro. Hwɛ! Wo hene reba; ɔte afurum ba so.”+ 16 Mfiase no, n’asuafo no ante eyinom ase. Nanso bere a wɔhyɛɛ Yesu anuonyam+ no, wɔkaee sɛ, na wɔakyerɛw eyinom afa ne ho, na wɔyɛ maa no.+

17 Na nnipadɔm a na wɔka ne ho bere a ɔfrɛɛ Lasaro fii ɔda+ no mu na onyan no fii awufo mu no kɔɔ so dii adanse.+ 18 Ɛno nso nti na nnipadɔm no kohyiaa Yesu no, efisɛ na wɔate sɛ wayɛ saa sɛnkyerɛnne yi. 19 Ɛnna Farisifo no kekae sɛ: “Moahu? Morentumi nyɛ ho hwee. Hwɛ! Wiase nyinaa atu adi n’akyi.”+

20 Yɛreka yi, nnipa a na wɔaba sɛ wɔrebɛsom wɔ afahyɛ no ase no, na Greecefo bi ka ho. 21 Saa Greecefo yi baa Filipo+ nkyɛn, Filipo a na ofi Betsaida a ɛwɔ Galilea no, na wofii ase srɛɛ no sɛ: “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.” 22 Filipo kɔka kyerɛɛ Andrea, na Andrea ne Filipo kɔka kyerɛɛ Yesu.

23 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Bere no aso sɛ wɔhyɛ onipa Ba no anuonyam.+ 24 Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ hwiit* aba baako antɔ fam anwu a, ɛda so ara yɛ baako; na sɛ ewu+ a, ɛsow aba pii. 25 Obiara a ɔpɛ ne nkwa* no, ɔsɛe no, na nea ɔtan ne nkwa*+ wɔ wiase yi mu no, ɔbɛbɔ ho ban de akɔ daa nkwa+ mu. 26 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, ma onni m’akyi. Na baabi a mewɔ no, ɛhɔ na me somfo nso bɛba.+ Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, Agya no bedi no ni. 27 Seesei me ho yeraw me,*+ na dɛn na menka? Agya, gye me fi saa bere* yi mu.+ Nanso eyi nti na maba bere* yi mu. 28 Agya, hyɛ wo din anuonyam.” Ɛnna nne+ bi fi soro bae sɛ: “Mahyɛ no anuonyam, na mɛsan ahyɛ no anuonyam bio.”+

29 Nnipadɔm a wogyina hɔ no tee, na wofii ase kae sɛ aprannaa abom. Ebinom nso kae sɛ: “Ɔbɔfo akasa akyerɛ no.” 30 Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ me nti na nne yi bae, na mmom mo ntia. 31 Seesei wɔrebu wiase yi atɛn; seesei wɔrebeyi nea odi wiase yi so+ no afi hɔ.+ 32 Na me de, sɛ wɔma me so fi asaase so+ a, mɛtwe nnipa ahorow nyinaa bi aba me nkyɛn.” 33 Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a na ɔrebewu.+ 34 Enti nnipadɔm no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛte fii Mmara no mu sɛ Kristo no wɔ hɔ daa.+ Adɛn nti na woreka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma onipa Ba no so?+ Onipa Ba bɛn na woreka ne ho asɛm yi?” 35 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hann no bɛtena mo mu kakra. Bere a mowɔ hann yi, monnantew, na esum anni mo so; obiara a ɔnam sum mu no nnim baabi a ɔrekɔ.+ 36 Bere a mowɔ hann yi, munnye hann no nni, na moayɛ hann no mma.”+

Bere a Yesu kaa eyinom no, ofii hɔ kɔe, na ɔde ne ho siee wɔn. 37 Ɛwom sɛ na wayɛ nsɛnkyerɛnne bebree wɔ wɔn anim, nanso na wonnye no nni. 38 Ɛmaa asɛm a odiyifo Yesaia kae no baa mu. Ɔkae sɛ: “Yehowa,* hena na wagye nea wate afi yɛn nkyɛn no adi?+ Na hena na wɔayi Yehowa* basa akyerɛ no?”+ 39 Yesaia san kaa nea enti a wɔantumi annye anni no. Ɔkae sɛ: 40 “Wafura wɔn ani, na wama wɔn koma ayɛ den, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ani nhu, na wɔremfa wɔn koma nte ase, na wɔansakra amma mansa wɔn yare.”+ 41 Yesaia kaa eyinom efisɛ ohuu Kristo no anuonyam, na ɔkaa ne ho asɛm.+ 42 Eyi nyinaa akyi no, nnipa pii, a sodifo mpo ka ho, gyee no dii,+ nanso Farisifo no nti, wɔampae mu anka, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentu wɔn mfi hyiadan no mu;+ 43 efisɛ na wɔpɛ nnipa anuonyam mmom sen Onyankopɔn anuonyam.+

44 Na Yesu maa ne nne so kae sɛ: “Obiara a ogye me di no, ɛnyɛ me nko na ogye me di, na mmom ogye nea ɔsomaa me no nso di;+ 45 na obiara a ohu me no, ohu Nea ɔsomaa me no nso.+ 46 Maba sɛ hann wɔ wiase,+ na obiara a ogye me di no antena sum mu.+ 47 Sɛ obi te me nsɛm na wanni so a, mimmu no atɛn; efisɛ mamma sɛ merebebu wiase atɛn, na mmom mebae sɛ merebegye wiase nkwa.+ 48 Obiara a ommu me, na onni m’asɛm so no wɔ obi a obebu no atɛn. Asɛm a maka no, ɛno na ebebu no atɛn ɛda a edi akyiri no. 49 Efisɛ ɛnyɛ me ara na mede me pɛ kasae, na mmom Agya a ɔsomaa me no, ɔno ara na wakyerɛ me nea menka ne nea menkyerɛkyerɛ.*+ 50 Afei nso, minim sɛ nea wakyerɛ me* no ma daa nkwa.+ Enti nea meka biara, ɛyɛ nea Agya no aka akyerɛ me sɛ menka no ara.”+

13 Ansa na Twam Afahyɛ no rebedu no, na Yesu nim sɛ ne bere aso+ sɛ ofi wiase na ɔkɔ Agya no nkyɛn.+ Esiane sɛ na Yesu dɔ ɔno ara ne de a wɔwɔ wiase no nti, ɔdɔɔ wɔn kosii awiei.+ 2 Ná wɔredi anwummere aduan no, na na Ɔbonsam de ahyɛ Simon ba Yuda Iskariot+ komam dedaw sɛ onyi Yesu mma.+ 3 Ná Yesu nim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa. Ná onim nso sɛ ofi Onyankopɔn hɔ, na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn.+ Enti 4 ɔsɔre fii anwummere aduan no ho, na oyii n’ataade nguguso guu hɔ, ɛnna ɔfaa mpopaho de sii n’asen.+ 5 Ɛno akyi no, ɔde nsu guu kankyee bi mu, na ofii ase hohoroo asuafo no nan ho, na ɔde mpopaho a ɛbɔ ne mu no popaa wɔn nan ho. 6 Bere a oduu Simon Petro so no, Petro bisaa no sɛ: “Awurade, wo na worehohoro me nan ho?” 7 Yesu buaa no sɛ: “Nea mereyɛ yi, seesei de worente ase, na eyinom akyi na wobɛte ase.” 8 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Worenhohoro me nan ho da.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ manhohoro wo nan ho+ a, wunni m’afa.” 9 Simon Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, nhohoro me nan ho nko ara, mmom hohoro me nsa ho ne me tirim nso ka ho.” 10 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara a waguare no, enhia sɛ wɔhohoro ne ho baabiara ka ne nan ho, efisɛ ne ho nyinaa afi. Mo ho afi, nanso ɛnyɛ mo nyinaa.” 11 Ná onim onipa a obeyi no ama.+ Ɛno nti na ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi” no.

12 Bere a ɔhohoroo wɔn nan ho wiei no, ɔhyɛɛ n’ataade nguguso no, na ɔkɔtenaa ɔpon no ho bio. Ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Nea mayɛ ama mo yi, mote ase? 13 Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfo’ ne ‘Awurade,’ na ɛyɛ ne kwan so, efisɛ meyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo ne Awurade.+ 14 Enti sɛ me a meyɛ Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho+ a, mo nso, ɛsɛ sɛ* obiara hohoro ne yɔnko nan ho.+ 15 Na magyaw mo nhwɛso* sɛ, sɛnea mayɛ ama mo no, mo nso monyɛ saa ara.+ 16 Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, akoa nsen ne wura. Saa ara nso na nea wɔasoma no no nsen nea ɔsomaa no no. 17 Sɛ munim eyinom na moyɛ a, mo ani begye.+ 18 Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka mo ho asɛm; minim wɔn a mayi wɔn. Na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a kyerɛwsɛm yi bɛba mu ntia.+ Ɛka sɛ: ‘Nea na odi m’aduan* no, wasɔre atia me.’*+ 19 Efi saa bere yi, mereka akyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛba a, moagye adi sɛ mene no.+ 20 Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ogye nea mesoma no no, ogye me nso.+ Na obiara a ogye me no gye Nea ɔsomaa me no nso.”+

21 Bere a Yesu kaa eyi wiei no, ne ho yeraw no, na ɔkae sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, mo mu baako beyi me ama.”+ 22 Asuafo no mu biara fii ase hwɛɛ ne yɔnko anim, na na wonhu onipa a ɔreka ne ho asɛm.+ 23 Ná asuafo no baako, nea na Yesu dɔ no no,+ te Yesu nkyɛn pɛɛ.* 24 Enti Simon Petro buu n’ani kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛ yɛn nea ɔreka ne ho asɛm no.” 25 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no pa twerii Yesu kokom, na obisaa no sɛ: “Awurade, ɛyɛ hena?”+ 26 Ɛnna Yesu buae sɛ: “Ɔno na mede paanoo sin bɛbɔ ayowa mu ama no no.”+ Afei ɔde paanoo sin no bɔɔ mu, na ɔde maa Yuda, Simon Iskariot ba no. 27 Bere a Yuda gyee paanoo sin no, Satan bɛhyɛɛ ne mu.+ Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm.” 28 Wɔn a wɔtete ɔpon no ho de, na obiara nnim nea enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no. 29 Yuda na na okura sika adaka no,+ enti ebinom adwene yɛɛ wɔn sɛ Yesu reka akyerɛ no sɛ, “Kɔtotɔ nneɛma a yɛde bedi afahyɛ no,” anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafo. 30 Bere a ogyee paanoo sin no, ntɛm ara na ofii hɔ. Ná ɛyɛ anadwo.+

31 Bere a opuei no, Yesu kae sɛ: “Afei wɔahyɛ onipa Ba no anuonyam,+ na ne nti, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam. 32 Na Onyankopɔn ankasa bɛhyɛ no anuonyam,+ na ɔbɛhyɛ no anuonyam ntɛm. 33 Mma nkumaa, me ne mo bɛtena kakra. Mobɛhwehwɛ me; na sɛnea meka kyerɛɛ Yudafo no sɛ, ‘Baabi a merekɔ no morentumi mma hɔ’+ no, saa ara na seesei mereka akyerɛ mo nso. 34 Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no,+ mo nso monnodɔ mo ho saa ara.+ 35 Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.”+

36 Simon Petro bisaa no sɛ: “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Ɛnna Yesu buae sɛ: “Baabi a merekɔ no, worentumi nni m’akyi seesei, nanso akyiri yi, wubedi akyi aba.”+ 37 Petro bisaa no sɛ: “Awurade, adɛn nti na merentumi nni w’akyi seesei? Mede me nkwa* bɛto hɔ ama wo.”+ 38 Yesu buae sɛ: “Wode wo nkwa* bɛto hɔ ama me? Nokwarem mereka akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+

14 “Mommma mo koma nntu.+ Munnye Onyankopɔn nni;+ me nso, munnye me nni. 2 Tenabea* pii wɔ m’Agya fi. Sɛ ɛnte saa a, anka mɛka akyerɛ mo. Merekɔ akosiesie baabi ama mo.+ 3 Na sɛ mekɔ kosiesie baabi ma mo a, mɛsan aba bio na mabɛfa mo akɔ me fi, na baabi a mewɔ no, mo nso moaba hɔ bi.+ 4 Baabi a merekɔ no, munim kwan no.”

5 Ɛnna Toma+ bisaa no sɛ: “Awurade, yennim baabi a worekɔ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu kwan no?”

6 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene ɔkwan+ no, ne nokware+ no, ne nkwa+ no. Obiara mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.+ 7 Sɛ munim me a, anka munim m’Agya nso. Efi seesei rekɔ, munim no, na moahu no.”+

8 Ɛnna Filipo ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara ye ma yɛn.”

9 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Filipo, enti bere tenten a me ne mo atena yi nyinaa, wunnya nhuu me? Obiara a wahu me no ahu Agya no nso.+ Adɛn nti na woreka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya no’? 10 Wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, ɛnna Agya no nso wɔ me mu+ anaa? Nsɛm a meka kyerɛ mo no, ɛnyɛ me ara m’adwene na mede ka.+ Mmom Agya a ɔwɔ me mu no na ɔreyɛ ne nnwuma. 11 Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ ɛnte saa nso a, monhwɛ nnwuma no na munnye nni.+ 12 Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, nea ogye me di no, ɔno nso bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi; na ɔbɛyɛ nnwuma akɛse asen eyinom,+ efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn.+ 13 Afei nso, biribiara a mubebisa wɔ me din mu no, mɛyɛ, na Ɔba no nti, wɔahyɛ Agya no anuonyam.+ 14 Sɛ mubisa biribiara wɔ me din mu a, mɛyɛ.

15 “Sɛ modɔ me a, mubedi m’ahyɛde so.+ 16 Na mɛsrɛ Agya no, na ɔbɛma mo ɔboafo* foforo a ɔne mo bɛtena daa.+ 17 Ɛno ne nokware no honhom+ a wiase no ntumi nnya, efisɛ wiase no nhu no, na ennim no nso.+ Mo de, munim no, efisɛ ɛwɔ mo nkyɛn, na ɛte mo mu. 18 Merennyaw mo sɛ nnyanka. Mereba mo nkyɛn.+ 19 Aka kakra, wiase no renhu me bio. Nanso mo de, mubehu me,+ efisɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase. 20 Saa da no, mubehu sɛ mewɔ m’Agya mu, na mowɔ me mu, na me nso mewɔ mo mu.+ 21 Obiara a otie m’ahyɛde na odi so no, ɔno na ɔdɔ me. Na nea ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na meyi me ho adi akyerɛ no pefee.”

22 Yuda,+ ɛnyɛ Iskariot, bisaa no sɛ: “Awurade, dɛn na asi a enti wopɛ sɛ wuyi wo ho adi kyerɛ yɛn pefee, na ɛnyɛ wiase no?”

23 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so,+ na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn na yɛde hɔ abɛyɛ yɛn tenabea.*+ 24 Obiara a ɔnnɔ me no, onni m’asɛm so. Asɛm a mote no nyɛ me dea, na mmom ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea.+

25 “Maka eyinom akyerɛ mo bere a mewɔ mo nkyɛn yi. 26 Nanso ɔboafo no, honhom kronkron no, nea Agya no bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo nea maka akyerɛ mo nyinaa.+ 27 Mede asomdwoe gyaw mo; mede m’asomdwoe ma mo.+ Ɛnyɛ sɛnea wiase no de asomdwoe ma na mede ma. Mommma mo koma nntu, na mommma ɛmmmɔ hu. 28 Motee sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Merekɔ, na mɛsan aba mo nkyɛn.’ Sɛ modɔ me a, mo ani begye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, efisɛ Agya no yɛ kɛse sen me.+ 29 Enti madi kan aka akyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛba a, moagye adi.+ 30 Me ne mo renkasa pii bio, efisɛ nea odi wiase so+ no reba. Na onni me so tumi.+ 31 Nea ɛbɛyɛ na wiase no ahu sɛ medɔ Agya no, nea Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, ɛno ara na mereyɛ.+ Monsɔre, momma yemfi ha nkɔ.

15 “Mene nokware bobe no, na m’Agya ne okuafo no. 2 Nkorabata* biara a ɛwɔ me ho a ɛnsow aba no, oyi fi hɔ, na nkorabata* biara a ɛsow aba no de, oyiyi ho kama sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi asow aba pii.+ 3 Mo de, asɛm a maka akyerɛ mo no nti, mo ho atew dedaw.+ 4 Montena me mu, na me nso mɛtena mo mu. Nkorabata* no ara rentumi nsow aba gye sɛ ɛfam bobe no ho. Saa ara na mo nso, morentumi nsow aba gye sɛ motena me mu.+ 5 Mene bobe no, na mone nkorabata* no. Obiara a ɔtena me mu, na me nso metena ne mu no, ɔsow aba pii;+ efisɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee. 6 Sɛ obi antena me mu a, wotwa no kyene te sɛ nkorabata,* na ewu. Na nnipa boaboa saa nkorabata* no ano kogu ogya mu ma ɛhyew. 7 Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mummisa biribiara a mopɛ, na mubenya.+ 8 Nea ɛhyɛ m’Agya anuonyam ne sɛ mobɛkɔ so asow aba pii, na moakyerɛ sɛ moyɛ m’asuafo.+ 9 Sɛnea Agya no dɔ me no,+ saa ara na me nso medɔ mo; montena me dɔ mu. 10 Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi Agya no ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.

11 “Maka eyinom akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya m’anigye no bi,* na mo ani agye aboro so.*+ 12 M’ahyɛde ne sɛ, monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no.+ 13 Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn obi a ɔde ne nkwa* to hɔ ma ne nnamfo.+ 14 Ahyɛde a mede rema mo no, sɛ mudi so a, na moyɛ me nnamfo.+ 15 Seesei memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Mmom mefrɛ mo nnamfo, efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa, mama moahu. 16 Ɛnyɛ mo na muyii me, na mmom me na miyii mo. Miyii mo sɛ monkɔ, na monkɔ so ara nsow aba, na mo aba no ntena hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara a mubebisa Agya no wɔ me din mu no, ɔde bɛma mo.+

17 “Merema mo ahyɛde yi, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛdodɔ mo ho.+ 18 Sɛ wiase no tan mo a, monkae sɛ, atan me ansa na ɛretan mo.+ 19 Sɛ moka wiase no ho a, anka mobɛyɛ wiase no dea, na wiase no bɛpɛ mo asɛm. Esiane sɛ monka wiase no ho,*+ na mayi mo afi wiase no mu nti, wiase no tan mo.+ 20 Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔatan m’ani a, mo nso wɔbɛtan mo ani;+ sɛ wɔadi m’asɛm so a, mo nso wobedi mo de so. 21 Na me din nti na wɔbɛyɛ eyinom nyinaa atia mo, efisɛ wonnim Nea ɔsomaa me no.+ 22 Sɛ mamma ammɛkasa ankyerɛ wɔn a, anka wonni bɔne ho fɔ.+ Nanso seesei de, wonni wɔn bɔne ho anoyi biara.+ 23 Obiara a ɔtan me no, ɔtan m’Agya nso.+ 24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da wɔ wɔn mu a, anka wonni bɔne ho fɔ.+ Nanso seesei wɔahu me, na wɔatan me ne m’Agya nyinaa. 25 Nanso ɛbaa saa, na ama asɛm a wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara mu yi aba mu. Ɛka sɛ: ‘Wɔtan me kwa.’+ 26 Sɛ ɔboafo a mɛsoma no afi Agya no nkyɛn no ba a, saa honhom no, nokware no honhom+ a efi Agya no hɔ no, ɔno na obedi me ho adanse;+ 27 na mo nso, ɛsɛ sɛ mudi me ho adanse,+ efisɛ mo ne me atena fi mfiase.

16 “Maka eyinom akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara rento mo hintidua. 2 Nkurɔfo betu mo afi hyiadan mu.+ Nokwasɛm ni, bere bi reba a, obiara a obekum mo+ no, n’adwene bɛyɛ no sɛ ɔreyɛ saa de asom Onyankopɔn. 3 Nanso wɔbɛyɛ eyinom, efisɛ wonnim Agya no, na me nso, wonnim me.+ 4 Na maka eyinom akyerɛ mo, na sɛ bere so na ɛba a, moakae sɛ meka kyerɛɛ mo.+

“Mfiase no manka eyinom ankyerɛ mo, efisɛ na mewɔ mo nkyɛn. 5 Seesei merekɔ Nea ɔsomaa me no nkyɛn,+ nanso mo mu baako mpo mmisaa me sɛ, ‘Ɛhe na worekɔ?’ 6 Na esiane sɛ maka eyinom akyerɛ mo nti, awerɛhow ahyɛ mo koma ma.+ 7 Mereka nokware akyerɛ mo, eye ma mo sɛ merekɔ. Efisɛ mankɔ a, ɔboafo+ no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ de a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. 8 Na sɛ ɔboafo no ba a, ɔbɛma wiase no adanse a edi mu afa bɔne ne trenee ne atemmu ho: 9 nea edi kan no, ɔbɛma adanse a edi mu afa bɔne ho,+ efisɛ wonni me mu gyidi;+ 10 afei ɔbɛma adanse a edi mu afa trenee ho, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na morenhu me bio; 11 afei ɔbɛma adanse a edi mu afa atemmu ho, efisɛ wɔabu nea odi wiase yi so no atɛn.+

12 “Meda so ara wɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso morentumi nsoa seesei. 13 Nanso sɛ ɔno,* kyerɛ sɛ, nokware no honhom+ no ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu, efisɛ ɔrenka nea ɔno ankasa pɛ. Mmom nsɛm a ɔte no, ɛno na ɔbɛka, na ɔbɛka nea ɛreba akyerɛ mo.+ 14 Ɔno na ɔbɛhyɛ me anuonyam,+ efisɛ nea ɛyɛ me dea no, ɛno bi na ɔbɛfa aka akyerɛ mo.+ 15 Nneɛma a Agya no wɔ nyinaa yɛ me dea.+ Ɛno nti na mekae sɛ ɔbɛfa nea ɛyɛ me dea no bi aka akyerɛ mo no. 16 Aka kakraa bi, morenhu me bio,+ nanso aka kakraa bi, mobɛsan ahu me.”

17 Ɛnna n’asuafo no bi keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Ose, ‘Aka kakraa bi, morenhu me bio, nanso aka kakraa bi, mobɛsan ahu me.’ Ɔsan kae sɛ, ‘efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn.’ Asɛm a ɔreka kyerɛ yɛn yi kyerɛ dɛn?” 18 Enti, na wɔrebisabisa sɛ: “‘Aka kakraa bi’ a ɔreka no, ɛkyerɛ dɛn? Yennim nea ɔreka ho asɛm.” 19 Ná Yesu nim sɛ wɔpɛ sɛ wobisa no ho asɛm, enti obisaa wɔn sɛ: “Asɛm a mekae sɛ: ‘Aka kakraa bi, morenhu me bio, nanso aka kakraa bi, mobɛsan ahu me’ no, ɛno nti na morebisabisa mo ho nsɛm yi? 20 Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, mubesu abɔ bena, nanso wiase bedi ahurusi; mubedi awerɛhow, nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye.+ 21 Sɛ ɔbea rewo a, ɔte yaw,* efisɛ ne bere aso. Nanso ɔwo wie a, ɔnkae n’amanehunu no bio, efisɛ n’ani agye sɛ wawo onipa aba wiase. 22 Mo nso, seesei moredi awerɛhow; nanso mehu mo bio ama mo koma adi ahurusi,+ na obiara rentumi nnye mo anigye no mfi mo nsam. 23 Na saa da no, moremmisa me asɛm biara. Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mubebisa Agya no,+ ɔde bɛma mo wɔ me din mu.+ 24 Ebesi saa bere yi, mummisaa ade baako mpo wɔ me din mu. Mummisa, na mo nsa bɛka, na mo anigye adi mu.

25 “Mede ntotoho na aka nsɛm yi akyerɛ mo. Bere bi reba a, meremfa ntotoho nkasa nkyerɛ mo bio. Mmom mɛka Agya no ho asɛm akyerɛ mo pefee. 26 Saa da no, mubebisa Agya no biribi wɔ me din mu. Meka saa a, ɛnyɛ nea mereka ne sɛ, me na mebisa Agya no ama mo. 27 Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Agya no ankasa pɛ mo asɛm, efisɛ mopɛ m’asɛm,+ na mugye di sɛ mebae sɛ Onyankopɔn nanmusini.*+ 28 Mebaa wiase sɛ Agya no nanmusini.* Seesei, merefi wiase na makɔ Agya no nkyɛn.”+

29 N’asuafo no kae sɛ: “Hwɛ! Afei de, worekasa pefee, na wonyɛ ntotoho biara. 30 Afei yɛahu sɛ wunim biribiara, na ɛho nhia sɛ wotwɛn ma obi bisa wo asɛm mpo. Eyi nti yegye di sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn na ɛbae.” 31 Yesu bisaa wɔn sɛ: “Seesei de, mugye di? 32 Hwɛ, bere bi reba, na nokwasɛm ne sɛ, adu mpo, sɛ mobɛhwete ama obiara akɔ ne fi na moagyaw me nko ara.+ Nanso ɛnkaa me nko ara, efisɛ Agya no ka me ho.+ 33 Maka eyinom akyerɛ mo, na monam me so anya asomdwoe.+ Mubehu amane wɔ wiase de, nanso munnya akokoduru! Madi wiase so nkonim.”+

17 Bere a Yesu kaa eyinom no, ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkae sɛ: “Agya, bere no aso. Hyɛ wo ba no anuonyam, na wo ba no nso nhyɛ wo anuonyam,+ 2 efisɛ woama no ɔhonam* nyinaa so tumi,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn a wode wɔn ama no no nyinaa daa nkwa.+ 3 Sɛ obi benya daa nkwa+ a, ɛsɛ sɛ ohu wo a woyɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ+ no, na ohu Yesu Kristo+ a wosomaa no no nso. 4 Adwuma a wode ama me sɛ menyɛ no, mayɛ awie de ahyɛ wo anuonyam wɔ asaase so.+ 5 Enti afei, Agya, anuonyam a na mewɔ wɔ wo nkyɛn ansa na wiase reba no, san fa ma me wɔ wo nkyɛn.+

6 “Nnipa a wuyii wɔn fii wiase maa me no, mama wɔahu wo din.*+ Ná wɔyɛ wo dea, ɛnna wode wɔn maa me, na wɔatie w’asɛm.* 7 Afei wɔabehu sɛ nneɛma a wode maa me nyinaa fi wo nkyɛn; 8 efisɛ nsɛm a wode maa me no, mede ama wɔn,+ na wɔagye atom, na wɔabehu ampa sɛ mebae sɛ wo nanmusini,+ na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.+ 9 Mesrɛ ma wɔn; mensrɛ mma wiase no, na mmom mesrɛ ma wɔn a wode wɔn ama me no, efisɛ wɔyɛ wo dea; 10 na biribiara a mewɔ no yɛ wo dea, na wo nso wo de yɛ me dea,+ na manya anuonyam wɔ wɔn mu.

11 “Minni wiase bio, na wɔn de, wɔwɔ wiase,+ na mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wo ara wo din a wode ama me nti, hwɛ wɔn so+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako* sɛnea yɛn nso yɛyɛ baako*+ no. 12 Bere a mewɔ wɔn nkyɛn no, na mehwɛ wɔn so+ esiane wo ara wo din a wode ama me nti; na mabɔ wɔn ho ban, na wɔn mu baako mpo nsɛee+ gye ɔsɛe ba no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a kyerɛwsɛm no bɛba mu.+ 13 Nanso seesei mereba wo nkyɛn, na mereka eyinom wɔ wiase, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya anigye a mewɔ no bi pɛpɛɛpɛ.+ 14 Mede w’asɛm ama wɔn. Na wiase no tan wɔn, efisɛ wɔnka wiase no ho+ sɛnea me nso menka wiase no ho no.

15 “Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ hwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti.+ 16 Wɔnka wiase no ho,+ sɛnea me nso menka wiase no ho no.+ 17 Fa nokware no tew wɔn ho;*+ w’asɛm yɛ nokware.+ 18 Sɛnea wosomaa me baa wiase no, me nso mesomaa wɔn wiase.+ 19 Wɔn nti, meretew me ho,* sɛnea ɛbɛyɛ a nokware no bɛma wɔn nso ho atew.*

20 “Ɛnyɛ eyinom nko ara nti na meresrɛ, na mmom meresrɛ ama obiara a ɔnam wɔn asɛm so gye me di no, 21 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako,+ sɛnea wo, Agya, wo ne me yɛ baako na me nso me ne wo yɛ baako+ no, na wɔn nso ne yɛn ayɛ baako, sɛnea ɛbɛyɛ a wiase no begye adi sɛ wo na wosomaa me. 22 Mede anuonyam a wode ama me no ama wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako sɛnea yɛn nso yɛyɛ baako no.+ 23 Me ne wɔn yɛ baako, na wo nso wo ne me yɛ baako, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako korakora,* na ama wiase no ahu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no. 24 Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ wɔbɛka me ho wɔ baabi a mewɔ no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu anuonyam a wode ama me no, efisɛ na wodɔ me ansa na wɔrehyɛ wiase ase.*+ 25 Trenee Agya, wiase no nnim wo;+ nanso me de, minim wo,+ na eyinom abehu sɛ wo na wosomaa me. 26 Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a wode dɔɔ me no bɛtena wɔn mu, na me ne wɔn ayɛ baako.”+

18 Bere a Yesu kaa eyinom wiei no, ɔne n’asuafo no pue kotwaa Kidron Bon+ no, na wɔkɔɔ baabi a turo bi wɔ. Na ɔne n’asuafo no kɔɔ turo no mu.+ 2 Ná Yuda a ɔrebeyi no ama no nso nim hɔ, efisɛ na Yesu ne n’asuafo no taa kohyia hɔ. 3 Enti Yuda de asraafodɔm ne awɛmfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ, na na wokurakura agyatɛn* ne nkanea ne akode.+ 4 Ná Yesu nim nea ɛrebɛto no nyinaa. Enti obegyinaa anim, na obisaa wɔn sɛ: “Hena na morehwehwɛ no?” 5 Wobuaa no sɛ: “Nasaretni+ Yesu.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mini.” Saa bere no, na Yuda a ɔrebeyi no ama no ne wɔn na egyina hɔ.+

6 Bere a Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mini” no, wopinii wɔn akyi, na wɔhwehwee ase.+ 7 Enti obisaa wɔn bio sɛ: “Hena na morehwehwɛ no?” Ɛnna wɔkae sɛ: “Nasaretni Yesu.” 8 Yesu buae sɛ: “Maka akyerɛ mo sɛ mini. Enti sɛ me na morehwehwɛ me a, ɛnde momma mmarima yi nkɔ.” 9 Eyi maa asɛm a ɔkae no baa mu sɛ: “Wɔn a wode wɔn ama me no, memmaa wɔn mu baako mpo nyerae.”+

10 Ɛnna Simon Petro a na sekan hyɛ ne ho no twee, na ɔde twaa ɔsɔfo panyin no akoa aso nifa fii hɔ.+ Ná akoa no din de Malko. 11 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fa sekan no hyɛ ne bɔha* mu.+ Kuruwa a Agya no de ama me no, ɛnsɛ sɛ menom anaa?”+

12 Afei asraafo no ne ɔsahene no ne Yudafo awɛmfo no kyeree Yesu, na wɔkyekyeree no. 13 Wodii kan de no kɔɔ Anas hɔ, efisɛ na n’ase ne Kaiafa+ a ɔyɛ ɔsɔfo panyin saa afe no.+ 14 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ Kaiafa na otuu Yudafo no fo sɛ, eye ma wɔn sɛ onipa baako bewu ama ɔman no.+

15 Saa bere no, na Simon Petro ne osuani foforo di Yesu akyi.+ Ná ɔsɔfo panyin no nim saa osuani no, na osuani no ne Yesu kɔɔ ɔsɔfo panyin no adiwo hɔ. 16 Petro de, na ogyina abɔnten pon no akyi.* Enti osuani a na ɔsɔfo panyin no nim no no puei, na ɔne nea ɔhwɛ ɔpon no ano no kɔkasae, na ɔde Petro baa mu. 17 Na abaawa a ɔhwɛ ɔpon no ano no bisaa Petro sɛ: “Wo nso, sɛ́ woka ɔbarima yi asuafo no ho? Anaa?” Ɔkae sɛ: “Daabi, menka ho.”+ 18 Saa bere no, na awɔw wom. Ɛno nti, na nkoa ne awɛmfo no de gyabiriw asɔ ogya gyinagyina ho reto. Ná Petro nso gyina wɔn nkyɛn reto ogya no bi.

19 Ɛnna ɔsɔfo panyin no bisaa Yesu asɛm faa n’asuafo ne ne nkyerɛkyerɛ ho. 20 Yesu buaa no sɛ: “Mekasa kyerɛɛ wiase no wɔ baguam. Mekyerɛkyerɛe daa wɔ hyiadan mu ne asɔrefi,+ baabi a Yudafo nyinaa hyia, na manka biribiara wɔ kokoam. 21 Adɛn nti na worebisa me? Bisa wɔn a wɔtee nea meka kyerɛɛ wɔn no. Hwɛ! Eyinom nim nea mekae.” 22 Bere a ɔkaa saa no, awɛmfo no mu baako a na ogyina hɔ no bɔɔ Yesu asom+ kae sɛ: “Saa na ɛsɛ sɛ wubua ɔsɔfo panyin?” 23 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ manka no yiye a, kyerɛ me nea mekae a manka no yiye; na sɛ mekaa no yiye a, adɛn nti na wobɔɔ me?” 24 Afei Anas ma wɔkyekyeree no de no kɔmaa ɔsɔfo panyin Kaiafa.+

25 Saa bere no, na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wobisaa no sɛ: “Wo nso, sɛ́ woka n’asuafo no ho? Anaa?” Wannye antom, na ɔkae sɛ: “Daabi, menka ho.”+ 26 Ɛnna ɔsɔfo panyin no akoa baako, nea Petro twaa n’aso no busuani,+ kae sɛ: “Mihui sɛ woka ne ho wɔ turom hɔ, meboa?” 27 Nanso Petro kae bio sɛ ɛnte saa, na ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee.+

28 Afei wodii Yesu anim fii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado no fi.+ Saa bere no, na ɛyɛ anɔpatutuutu. Wɔn ankasa de, wɔanwura amrado no fi hɔ, efisɛ na wɔmpɛ sɛ wɔn ho gu fĩ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi Twam no bi. 29 Ɛnna Pilato pue baa wɔn nkyɛn, na obisae sɛ: “Sobo bɛn na mode bɔ ɔbarima yi?” 30 Wobuaa no sɛ: “Sɛ ɔbarima yi nyɛ ɔbɔnefo a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.” 31 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momfa no nkɔ nkobu no atɛn sɛnea mo mmara te.”+ Na Yudafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmara mma kwan sɛ yekum obiara.”+ 32 Ná eyi bɛma Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu ko a na ɔrebewu no aba mu.+

33 Enti Pilato san wuraa amrado no fi hɔ, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: “Wone Yudafo Hene no anaa?”+ 34 Yesu buae sɛ: “Wo ara na woabɔ wo tirim reka eyi, anaa nkurɔfo na aka me ho asɛm akyerɛ wo?” 35 Pilato buae sɛ: “Wohwɛ a meyɛ Yudani? Wo ara wo manfo ne asɔfo mpanyin no na wɔde wo brɛɛ me. Ɛdɛn na woyɛe?” 36 Yesu buae sɛ:+ “M’Ahenni mfi wiase.+ Sɛ m’Ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me amma Yudafo no.+ Nanso m’Ahenni mfi ha.” 37 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Enti woyɛ ɔhene anaa?” Yesu buae sɛ: “Wo ara na woreka sɛ meyɛ ɔhene.+ Eyi nti na wɔwoo me, na eyi nti na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.+ Obiara a ɔwɔ nokware no afã no tie me nne.” 38 Pilato bisaa no sɛ: “Dɛn ne nokware?”

Bere a ɔkaa eyi no, ɔsan pue kɔɔ Yudafo no hɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minhu mfomso biara wɔ ne ho.+ 39 Bio nso, mowɔ amanne bi sɛ edu Twam a,+ migyaa onipa baako ma mo. Enti mopɛ sɛ migyaa Yudafo Hene no ma mo anaa?” 40 Wɔteɛɛm bio kae sɛ: “Nnyaa ɔbarima yi, gyaa Baraba mmom!” Ná saa Baraba yi yɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo.+

19 Afei Pilato ma wɔfaa Yesu kɔbɔɔ no mmaa.+ 2 Na asraafo no de nsɔe nwenee ahenkyɛw de hyɛɛ ne ti, na wɔde ataade afasebiri bi hyɛɛ no,+ 3 na wɔbaa ne nkyɛn mpɛn pii bɛkae sɛ: “Asomdwoe nka wo, Yudafo Hene!”* Afei nso, wɔbobɔɔ n’asom.+ 4 Ɛnna Pilato san pue kɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Monhwɛ! Mede no repue abrɛ mo, na moahu sɛ minhu ne ho mfomso biara.”+ 5 Enti Yesu pue bae. Ná nsɔe ahenkyɛw no hyɛ no, na na ɔhyɛ ataade afasebiri no nso. Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ! Ɔbarima no ni!” 6 Nanso bere a asɔfo mpanyin ne asomfo no huu no no, wɔteɛteɛɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”*+ Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momfa no nkokum no,* na me de, minhu mfomso biara wɔ ne ho.”+ 7 Yudafo no buaa no sɛ: “Yɛwɔ mmara, na sɛnea mmara no kyerɛ no, ɛsɛ sɛ owu,+ efisɛ ɔfrɛɛ ne ho Onyankopɔn ba.”+

8 Bere a Pilato tee asɛm a wɔreka no, osuroe sen kan no mpo, 9 na ɔkɔɔ amrado fi hɔ bio, na obisaa Yesu sɛ: “Wufi he?” Nanso Yesu amma no mmuae biara.+ 10 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Wummua me? Wunnim sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo, na mewɔ tumi nso sɛ mikum wo?”* 11 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ wɔamma wo kwan amfi soro a, anka worennya me so tumi biara. Ɛno nti, onipa a ɔde me maa wo no, ɔno mmom na ne bɔne so paa.”

12 Eyi nti, Pilato kɔɔ so hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafo no teɛteɛɛm sɛ: “Sɛ wugyaa ɔbarima yi a, na wonyɛ Kaesare adamfo. Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no kasa tia* Kaesare.”+ 13 Bere a Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu puei, na ɔtenaa atemmu agua so wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Abo-Nsɛwee, nea Hebri mu wɔfrɛ no Gabata no. 14 Ná ɛyɛ Ahoboaboa da+ ma Twam no, na na ɛbɛyɛ dɔn a ɛto so asia.* Na ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Monhwɛ! Mo hene ni!” 15 Nanso wɔteɛteɛɛm sɛ: “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu!”* Pilato bisaa wɔn sɛ: “Minkum mo hene no?”* Asɔfo mpanyin no buae sɛ: “Yenni ɔhene biara, gye Kaesare.” 16 Afei ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+

Ɛnna wɔfaa Yesu kɔe. 17 Ɔno ara na ɔsoaa asɛndua* no pue kɔɔ baabi a wɔato din Tikora,+ nea Hebri mu wɔfrɛ hɔ Golgota no.+ 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu ne mmarima baanu bi asɛndua mu.+ Ná baako wɔ benkum, na baako wɔ nifa, ɛnna Yesu wɔ mfinimfini.+ 19 Pilato san kyerɛw asɛm bi bɔɔ asɛndua* no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nasaretni Yesu, Yudafo Hene no.”+ 20 Yudafo bebree kenkan asɛm yi, efisɛ na baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no bɛn kurow no, na wɔkyerɛw no Hebri, Latin, ne Greek kasa mu. 21 Nanso Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Nkyerɛw sɛ ‘Yudafo Hene,’ na mmom kyerɛw sɛ, ɔno na ɔkae sɛ, ‘Mene Yudafo Hene.’” 22 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea makyerɛw no, makyerɛw.”

23 Bere a asraafo no bɔɔ Yesu asɛndua mu no, wɔfaa n’ataade nguguso kyɛɛ mu anan, na ɔsraani biara faa baako. Afei nso, wɔfaa n’ataade a ɛwɔ ase no. Nanso na n’ataade a ɛwɔ ase no nni mpamee; na wɔanwene fi soro abesi fam. 24 Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mommma yɛnntetew mu, mmom momma yɛmmɔ so ntonto nhwɛ nea ɛbɛyɛ ne dea.”+ Eyi maa kyerɛwsɛm yi baa mu. Ɛka sɛ: “Wɔkyekyɛɛ me ntaade mu fae, na wɔbɔɔ m’ataade so ntonto.”+ Enti asraafo no yɛɛ eyi ampa.

25 Ná Yesu maame+ ne Yesu maame nua ne Klopa yere Maria ne Maria Magdalene+ gyinagyina Yesu asɛndua* no ho. 26 Enti bere a Yesu huu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no+ sɛ wogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Ɔbea, hwɛ! Wo babarima ni!” 27 Na ɔka kyerɛɛ osuani no nso sɛ: “Hwɛ! Wo maame ni!” Na efi saa bere no, osuani no de no kɔɔ n’ankasa fi.

28 Eyi akyi no, bere a Yesu hui sɛ biribiara aba awiei no, nea ɛbɛyɛ a kyerɛwsɛm no bɛba mu nti, ɔkae sɛ: “Osukɔm de me.”+ 29 Ná ahina bi si hɔ a nsã* a emu kaw ayɛ no ma. Enti wɔde sapɔw* a nsã* a emu kaw ayɛ no ma tuaa sommɛ* so de kɔɔ n’ano.+ 30 Bere a nsã* a emu kaw no kaa Yesu ano no, ɔkae sɛ: “Asa!”+ Ɛnna osii ne ti ase, na owui.*+

31 Ná ɛyɛ Ahoboaboa da,+ na na Yudafo no mpɛ sɛ amu no bɛsensɛn asɛndua no so+ Homeda no (efisɛ na saa Homeda no yɛ Homeda kɛse).+ Enti wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma wommubu wɔn nan mu, na wonyiyi amu no mfi hɔ. 32 Enti asraafo no bae, na wobebubuu ɔbarima a odi kan no nan mu. Afei wobubuu ɔbarima a ɔka ho a wɔbɔɔ ɔne no asɛndua mu no nso nan mu. 33 Nso bere a woduu Yesu nkyɛn no, wohui sɛ wawu dedaw, enti wɔammubu ne nan mu. 34 Nanso asraafo no mu baako de peaw wɔɔ ne mfe,+ na ɛhɔ ara na mogya ne nsu bae. 35 Onipa a ɔde n’ani hui no, ɔno na wadi adanse yi, na n’adanse no yɛ nokware, na onim sɛ nea ɔka no yɛ nokware, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso mubegye adi.+ 36 Nokwasɛm ne sɛ, eyinom sii na kyerɛwsɛm yi aba mu: “Wɔremmu ne dompe baako mpo mu.”+ 37 Afei ɛmaa kyerɛwsɛm foforo yi nso baa mu: “Wɔbɛhwɛ nea wɔde ade wɔɔ no no.”+

38 Na eyinom akyi no, Yosef a ofi Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani, a Yudafo no ho suro nti,+ wamma nkurɔfo anhu sɛ ɔyɛ osuani no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma ɔmfa Yesu amu no nkɔ. Pilato maa no kwan, enti ɔbɛfaa amu no kɔe.+ 39 Nikodemo,+ ɔbarima a bere bi ɔkɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso baa hɔ, na ɔde kurobow ne pɛprɛ a wɔde afra* bae. Ná emu duru bɛyɛ nkaribo ɔha.*+ 40 Enti wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nnuhuam no guu nwera mu de kyekyeree no+ sɛnea Yudafo yɛ wɔn amu ansa na wɔakosie no.* 41 Yɛreka yi, na turo bi wɔ baabi a wokum no no,* na na ɔda foforo+ bi wɔ turo no mu a wɔmfaa obiara ntoo mu da. 42 Ɛhɔ na wɔde Yesu kɔtoe, efisɛ na ɛyɛ Yudafo no Ahoboaboa da,+ na na ɔda no nso bɛn hɔ.

20 Nnawɔtwe no da a edi kan no, Maria Magdalene kɔɔ ɔda no so anɔpatutuutu;+ ná anim ntetewee. Na ohui sɛ wɔayi ɔbo no afi ɔda no ano dedaw.+ 2 Enti ɔde mmirika kɔɔ Simon Petro ne osuani foforo a Awurade pɛ n’asɛm no+ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔayi Awurade afi ɔda no mu,+ na yennim baabi a wɔde no akɔto.”

3 Ɛnna Petro ne osuani foforo no siim sɛ wɔrekɔ ɔda no so. 4 Wɔn baanu no fii ase tuu mmirika, nanso na osuani baako no mmirika mu yɛ den sen Petro, enti oduu ɔda no ho kan. 5 Bere a ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu no, ohui sɛ nwera no gu hɔ,+ nanso wankɔ mu. 6 Simon Petro nso dii n’akyi bae, na ɔkɔɔ ɔda no mu. Na ohui sɛ nwera no gu hɔ. 7 Ntama a wɔde kyekyeree ne ti no, na ɛnka nwera no ho. Mmom na wɔabobɔw agu nkyɛn baabi. 8 Afei osuani a oduu ɔda no ho kan no nso kɔɔ mu, na ohui, na ogye dii. 9 Efisɛ saa bere no, na wonnya ntee kyerɛwsɛm no ase sɛ, ɛsɛ sɛ onyan fi awufo mu.+ 10 Enti asuafo no san kɔɔ wɔn fi.

11 Maria de, na ɔda so ara gyina ɔda no nkyɛn baabi resu. Bere a ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔda no mu. 12 Na ohuu abɔfo baanu+ a wɔhyehyɛ ntaade fitaa sɛ wɔtete baabi a na Yesu amu no da no. Ná ɔbaako te atifi, ɛnna ɔbaako te anaafo. 13 Ɛnna wobisaa no sɛ: “Ɔbea, adɛn nti na woresu?” Ɛnna obuaa wɔn sɛ: “Wɔafa me Wura kɔ, na minnim baabi a wɔde no akɔto.” 14 Bere a ɔkaa saa no, ɔdan ne ho, na ohui sɛ Yesu gyina hɔ, nanso na onnim sɛ ɛyɛ Yesu.+ 15 Yesu bisaa no sɛ: “Ɔbea, adɛn nti na woresu? Hena na worehwehwɛ no?” Maria de, na n’adwene yɛ no sɛ ɛyɛ nea ɔhwɛ turom hɔ no. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me baabi a wode no akɔto na menkɔfa no nkɔ.” 16 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Maria!” Na Maria dan ne ho ka kyerɛɛ no Hebri mu sɛ: “Rabuni!” (ase ne “Ɔkyerɛkyerɛfo!”) 17 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Gyaa me mu, efisɛ minnya nkɔɔ Agya no hɔ. Mmom kɔ me nuanom nkyɛn,+ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Merekɔ m’Agya+ ne mo Agya, ne me Nyankopɔn+ ne mo Nyankopɔn nkyɛn.’” 18 Maria Magdalene bɛkaa nea asi no kyerɛɛ asuafo no sɛ: “Mahu Awurade!” Na nea Yesu ka kyerɛɛ no no, ɔka kyerɛɛ wɔn.+

19 Saa da no, nnawɔtwe no da a edi kan no, na asuafo no ahyiam anwummere. Na Yudafo no ho suro nti, na wɔatoto apon no mu. Nanso Yesu bae begyinaa wɔn mfinimfini, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoe nka mo.”+ 20 Bere a ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe kyerɛɛ wɔn.+ Na asuafo no dii ahurusi sɛ wɔahu Awurade.+ 21 Yesu san ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoe nka mo.+ Sɛnea Agya no asoma me no,+ me nso meresoma mo.”+ 22 Bere a ɔkaa saa wiei no, ohuw mframa guu wɔn so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnye honhom kronkron.+ 23 Obiara a mode ne bɔne bɛkyɛ no no, wɔde bɛkyɛ no; obiara a moamfa ne bɔne ankyɛ no no, wɔremfa nkyɛ no.”

24 Bere a Yesu bae no, na Toma,+ Dumien no mu baako a wɔfrɛ no Ata no, nka wɔn ho. 25 Enti asuafo a aka no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Awurade!” Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ manhu nnadewa no ananmu wɔ ne nsam, na mamfa me nsateaa anka nnadewa no ananmu, na mamfa me nsa anka ne mfe mu a,+ merennye nni da.”

26 Ne nnawɔtwe akyi no, na asuafo no wɔ ɔdan mu bio, na na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apon no mu de, nanso Yesu bae begyinaa wɔn mfinimfini, na ɔkae sɛ: “Asomdwoe nka mo.”+ 27 Afei ɔka kyerɛɛ Toma sɛ: “Fa wo nsateaa ka ha, na hwɛ me nsam, na fa wo nsa ka me mfe, na gyae akyinnyegye na gye di.” 28 Toma ka kyerɛɛ no sɛ: “M’Awurade ne me Nyankopɔn!” 29 Ɛnna Yesu bisaa no sɛ: “Woahu me nti na afei woagye adi yi? Anigye ne wɔn a wonhui nanso wogye di.”

30 Nokwasɛm ni, Yesu san yɛɛ nsɛnkyerɛnne foforo bebree wɔ asuafo no anim a wɔankyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee yi mu.+ 31 Nanso wɔakyerɛw eyinom ato hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba no. Na esiane sɛ mugye di nti, monam ne din so anya nkwa.+

21 Eyi akyi no, Yesu yii ne ho adi bio kyerɛɛ asuafo no wɔ Tiberia Po ho. Sɛnea oyii ne ho adi ni: 2 Ná Simon Petro ne Toma (a wɔfrɛ no Ata no)+ ne Natanael+ a ofi Kana a ɛwɔ Galilea no ne Sebedeo mma+ no ne Yesu asuafo foforo baanu wɔ hɔ. 3 Ɛnna Simon Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merekoyi nam.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛne wo bɛkɔ.” Enti wopuei, na wɔkɔtenaa ɔkorow mu, nanso saa anadwo no, wɔanyi nam baako mpo.+

4 Bere a ade reyɛ akye no, Yesu begyinaa ɛpo no ano, nanso asuafo no anhu sɛ ɛyɛ Yesu.+ 5 Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: “Me mma, mowɔ biribi* di anaa?” Wobuaa no sɛ: “Daabi!” 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mungu asau no wɔ ɔkorow no nifa, na mubenya bi.” Ɛnna wogui, na mpataa no dodow nti, na wontumi ntwe asau no.+ 7 Na osuani a na Yesu dɔ no no+ ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ɛyɛ Awurade!” Bere a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ n’ataade,* efisɛ na ɔnhyɛ hwee,* na ɔtow ne ho too po no mu. 8 Na asuafo a aka no de ɔkorow ketewa no bae, na wɔtwee asau a mpataa ayɛ no ma no kaa wɔn ho bae, efisɛ na wɔne asaase ntam kwan nware, bɛyɛ anammɔn 300* pɛ.

9 Bere a wobeduu mpoano no, wohui sɛ wɔasɔ ogya* de mpataa agu so, na na paanoo ka ho. 10 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mpataa a muyii no seesei ara no bi mmra.” 11 Ɛnna Simon Petro foroo ɔkorow no, na ɔtwee asau a mpataa akɛse 153 ayɛ no ma no baa mpoano. Ná ɛdɔɔso paa de, nanso asau no antetew. 12 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmedi mo anɔpa aduan.” Na asuafo no baako mpo annya akokoduru ammisa no sɛ: “Woyɛ hena?” efisɛ na wonim sɛ ɛyɛ Awurade. 13 Yesu faa paanoo no de maa wɔn, na ɔde mpataa no nso maa wɔn. 14 Efi bere a wonyan Yesu fii awufo mu no, eyi ne ne mprɛnsa+ so a oyii ne ho adi kyerɛɛ asuafo no.

15 Bere a wodii anɔpa aduan no wiei no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom anaa?” Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Yiw, Awurade, wunim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me nguan mma aduan.”+ 16 Yesu bisaa no ne mprenu so sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me?” Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Yiw, Awurade, wunim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn me nguan nkumaa.”+ 17 Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ: “Simon, Yohane ba, wopɛ m’asɛm anaa?” Petro werɛ howee sɛ Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ: “Wopɛ m’asɛm?” Enti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, wunim nneɛma nyinaa; wunim sɛ mepɛ w’asɛm.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me nguan nkumaa aduan.+ 18 Nokware, nokware, meka kyerɛ wo sɛ, bere a woyɛ aberante no, na wo ara wohyɛ ataade nantew kɔ baabiara a wopɛ. Nanso sɛ wobɔ akwakoraa a, wobɛteɛ wo nsa, na obi de ataade ahyɛ wo, na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ.” 19 Yesu kaa eyi de kyerɛɛ owu ko a Petro bewu de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Bere a Yesu kaa eyi wiei no, ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Kɔ so di m’akyi.”+

20 Na Petro dan ne ho, na ohuu osuani a na Yesu dɔ no no+ sɛ odi wɔn akyi. Saa osuani no na na otweri Yesu kokom wɔ anwummere aduan no ase a obisae sɛ: “Awurade, hena na ɔreyi wo ama?” no. 21 Bere a Petro huu saa osuani no, obisaa Yesu sɛ: “Awurade, ɔbarima yi nso ɛ?” 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛno de, wode rehaw wo ho ayɛ dɛn? Wo de, kɔ so di m’akyi.” 23 Na asɛm yi trɛwee wɔ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu. Nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu. Mmom ɔkae sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛno de, wode rehaw wo ho ayɛ dɛn?”

24 Oyi ne osuani+ a odi saa nneɛma yi ho adanse, na ɔno na wakyerɛw saa nneɛma yi ho asɛm. Na yenim sɛ n’adanse yɛ nokware.

25 Nokwasɛm ni, nneɛma foforo pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛe. Sɛ wɔkyerɛw ne nyinaa a, minnye nni sɛ anka nhoma mmobɔwee a wɔbɛkyerɛw no bɛkɔ wiase mpo.+

Anaa “te sɛ Onyankopɔn.”

Anaa “yɛn nyinaa nya adom bɔ adom so.”

Anaa “ɔda Agya no kokom.” Ɛkyerɛ hokwan bi a wɔde dom obi a wɔpɛ n’asɛm paa.

Anaa “Mene ɛnne a ɛreteɛm.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɛbɛtenaa no so.”

Anaa “abɛtena.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anwummere nnɔn 4.

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ?” Ɛyɛ kasakoa bi a ɛkyerɛ sɛ obi mpene biribi so. Asɛmfua “ɔbea” a Yesu de yɛɛ adwuma no nkyerɛ sɛ ommu ade.

Ɛbɛyɛ sɛ na susuhina a wɔreka ho asɛm wɔ ha yi ne bat susuhina. Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “tɔtɔɔtɔ.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “wɔanni nna bebree wɔ hɔ.”

Anaa “mpire.”

Anaa “gua so.”

Anaa “besi.”

Ebetumi nso akyerɛ, “sɛ wɔanwo obi amfi soro.”

Anaa “anyera.”

Anaa “Nea wogyina so bu atɛn.”

Anaa “wɔrenyi ne nnwuma ho ntɛn.”

Anaa “ɔyɛ nea ɛyɛ nokware.”

Ɛda adi sɛ Yesu maa n’asuafo no akwankyerɛ ma wɔbɔɔ nkurɔfo asu, na ɛnyɛ sɛ Yesu no ara na ɔbɔɔ nkurɔfo asu. Hwɛ Yohane 4:2.

Anaa “dɔɔso.”

Anaa “me so tew.”

Anaa “asɔ ano.”

Anaa “Onyankopɔn mfa honhom no mma nketenkete; ɔnkari honhom no na ɔde ama.”

Anaa “renhu.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.

Anaa “nka.”

Anaa “wunni ade a wɔde tow nsu.”

Anaa “ammɛtow.”

Anaa “nkwagye fi ase fi Yudafo mu.”

Anaa “ahoa; aguan.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “onsian mmra.”

Anaa “ne ba no ho retɔ no.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia dɔnkoro.

Hwɛ Nkh. A3.

Anaa “mpa.”

Anaa “mpa.”

Anaa “mpa.”

Anaa “mpa.”

Anaa “Agya no wɔ tumi a ɔde kyɛ nkwa wɔ ne mu.”

Kyerɛ sɛ, Kyerɛwnsɛm no.

Hwɛ Mt 4:18 ase hɔ asɛm no.

Hwɛ Nkh. B14.

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Anaa “n’asuafo no sian kɔɔ.”

Bɛyɛ km. anum anaa asia. Nt., “bɛyɛ agoprama 25 anaa 30.” Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. A5.

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔ bagua bi ase.”

Anaa “ɔbonsam.”

Anaa “Asese.”

Nt., “nkyerɛwee.”

Kyerɛ sɛ, rabifo sukuu.

Anaa “aka sɛ muntwa ɔbarima biara dua.”

Tete nsaano nkyerɛwee ne nsaano nkyerɛwee a wɔagye atom no pii wɔ hɔ a, ti 7, nky. 53 kosi ti 8, nky. 11 no nni mu.

Anaa “Ɔhonam.”

Anaa “bɛma moade mo ho.”

Anaa “Mobɛde mo ho?”

Anaa “ma mode mo ho.”

Anaa “moade mo ho.”

Anaa “m’asɛm nnya nkɔso wɔ mo mu.”

Greek por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mobɔ me ahohora.”

Anaa “ɔrenhu owu koraa.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “yɛn kra atwɛn.”

Anaa “Me ne Agya no adwene yɛ baako.”

Anaa “onhintiw.”

Anaa “ohintiw.”

Anaa “efisɛ hann nni ne mu.”

Bɛyɛ km. abiɛsa. Nt., “bɛyɛ agoprama 15.” Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “oguu ahome kɛse wɔ honhom mu.”

Kyerɛ sɛ, asɔrefi no.

Anaa “na ɔka wɔn a wɔne no te adidipon ho no ho.”

Nt., “nkaribo baako.” Kyerɛ sɛ, Romafo nkaribo baako, bɛyɛ gram 327. Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. A5.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “me kra ho yeraw no.”

Anaa “dɔn.”

Anaa “dɔn.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “ɔno ara na wama me nea menka ne nea menkyerɛkyerɛ no ho ahyɛde.”

Nt., “n’ahyɛde.”

Anaa “ɛyɛ mo asɛde sɛ.”

Nt., “magyaw mo nhwɛsode; matwa sa ama mo.”

Nt., “me paanoo.”

Anaa “wama ne nantin so atia me.”

Nt., “tweri Yesu kokom.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “woapa me mprɛnsa.”

Anaa “Dabere; Adan.”

Anaa “ɔwerɛkyekyefo.”

Anaa “fi.”

Anaa “Baa.”

Anaa “Baa.”

Anaa “Baa.”

Anaa “baa.”

Anaa “baa.”

Anaa “mmaa.”

Anaa “sɛnea ɛbɛyɛ a m’anigye bɛtena mo mu.”

Anaa “na mo anigye ayɛ ma.”

Anaa “kra.”

Anaa “monyɛ wiase no fã.”

Asɛmfua “ɔno” a ɛwɔ nky. 13 ne 14 no, egyina hɔ ma “ɔboafo” a wɔkaa ne ho asɛm wɔ nky. 7 no. Ɛwom sɛ honhom kronkron no yɛ tumi na ɛnyɛ onipa, nanso bere a Yesu reka ho asɛm no, ɔkaa ho asɛm te sɛ nea ɛyɛ onipa, na ɔde asɛmfua “ɔboafo” na ɛfrɛɛ no.

Anaa “odi awerɛhow.”

Anaa “na mugye di sɛ mifi Onyankopɔn nkyɛn na mebae.”

Anaa “Mifi Agya no nkyɛn na mebaa wiase.”

Anaa “adasamma; nnipa.”

Anaa “mada wo din adi akyerɛ wɔn.”

Anaa “wɔadi w’asɛm so.”

Anaa “wobenya adwenkoro.”

Anaa “yɛwɔ adwenkoro.”

Anaa “Fa nokware no yɛ wɔn kronkron.”

Anaa “mereyɛ me ho kronkron.”

Anaa “bɛma wɔn nso ayɛ kronkron.”

Anaa “wɔn baakoyɛ bewie pɛyɛ.”

Anaa “ansa na wɔrenyinsɛn awo nnipa (Greek, kosmos),” kyerɛ sɛ, Adam ne Hawa mma.

Ɛyɛ popã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.

Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nhoma na wɔtaa de yɛ.

Anaa “ano.”

Anaa “Yudafo Hene, mo!”

Anaa “Fa no sɛn dua so kum no! Fa no sɛn dua so kum no!”

Anaa “momfa no nkɔbɔ no asɛndua mu.”

Anaa “mebɔ wo asɛndua mu?”

Anaa “sɔre tia.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.

Anaa “Fa no sɛn dua so kum no!”

Anaa “Memmɔ mo hene no asɛndua mu?”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Ɛyɛ sapɔw bi a etumi nonom nsu.

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Anaa “ɛnna ogyaa ne honhom mu.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔabobɔw.”

Kyerɛ sɛ, Romafo nkaribo. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛnea Yudafo afunsie ho amanne te.”

Anaa “wɔbɔɔ no asɛndua mu no.”

Anaa “mpataa bi.”

Anaa “ɔde n’ataade kyekyeree ne ho.”

Anaa “ɔnhyɛ ataade papa biara.”

Bɛyɛ mita 90. Nt., “bɛyɛ basafa 200.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wɔasɔ gyabiriw; nnyansramma.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena