Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/98 kr. 3-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 1999

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 1999
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Akwankyerɛ
  • DWUMADI NHYEHYƐE
Yɛn Ahenni Som—1998
km 10/98 kr. 3-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 1999

Akwankyerɛ

Wɔ 1999 mu no, nhyehyɛe a yebedi akyi de ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu na edidi so yi.

NHOMA A EBEGYINA SO: Twi Bible Foforo, Ɔwɛn-Aban [w-TW], Nyan! [g-TW], “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” (1990 De) [si-E], Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba [fy-TW], ne Insight on the Scriptures Po 2 [it-2-E] na dwumadi ahorow no begyina so.

Ɛsɛ sɛ wɔde dwom, mpaebɔ, ne nnianim nsɛm fi sukuu no ase wɔ BERE ANO, na wɔtoa so sɛnea edidi so yi:

DWUMADI 1: Simma 15. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo na odi eyi ho dwuma, na ebegyina Ɔwɛn-Aban, Nyan!, anaa “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” so. Sɛ wɔde dwumadi yi gyina Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! so a, ɛsɛ sɛ wɔma no sɛ simma 15 afotu kasa a ntĩmu nsɛmmisa biara nka ho; sɛ wɔde gyina “All Scripture” nhoma no so a, ɛsɛ sɛ wɔma no sɛ simma 10 kosi 12 afotu kasa, na wɔde simma 3 kosi 5 yɛ ntĩmu, a nsɛmmisa no yɛ nea wɔatintim wɔ nhoma no mu no. Ɛnyɛ botae no ne sɛ wɔbɛka nsɛm pii kɛkɛ, na mmom mfaso a ɛwɔ asɛm a wɔresusuw ho no so a wɔde adwene besi so, na wɔasi nea ebetumi ayɛ asafo no mmoa kɛse no so dua. Ɛsɛ sɛ wɔde asɛmti a wɔde ama no di dwuma.

Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔma wɔn saa ɔkasa yi hwɛ di wɔn bere so. Sɛ wɔma wɔn kokoam afotu a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw hyɛ wɔn kasa ho afotu krataa no so.

BIBLE AKENKAN NO MU NSƐNTITIRIW: Simma 6. Ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo na obedi eyi ho dwuma, na ɛsɛ sɛ ɔma asɛm no mu nkyerɛkyerɛmu fa asafo no ho ɔkwampa so. Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ dapɛn no akenkan no mua kɛkɛ. Obetumi de simma 30 kosi 60 abɔ atiri a ɔredi ho dwuma no nyinaa mua. Nanso, nea ɛsɛ sɛ ɔde yɛ ne botae titiriw ne sɛ ɔbɛboa atiefo ama yɛahu nea enti a asɛm no fa yɛn ho ne ɔkwan a yɛbɛfa so de ayɛ adwuma. Afei sukuu sohwɛfo no bɛma asuafo no akɔ wɔn adesua adan mu.

DWUMADI 2: Simma 5. Eyi yɛ Bible no fã bi akenkan a wɔde ma onuabarima. Wɔbɛyɛ eyi wɔ asa kɛse no so ne adan nketewa no nso mu. Akenkan no taa yɛ ntiantiaa sɛnea ɛsɛ a ɛbɛma asuafo no atumi de nkyerɛkyerɛmu ntiantiaa ama wɔ kasa no mfiase ne n’awiei. Wobetumi de asɛm no ho abakɔsɛm, emu nkɔmhyɛ, anaa nkyerɛkyerɛ a ɛho hia ne sɛnea wɔde emu nnyinasosɛm bedi dwuma aka ho. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan nkyekyem a wɔde ama no nyinaa a wonnyina. Nanso sɛ nkyekyem a ɔrekenkan no ntoam a, osuani no betumi aka baabi a akenkan no ntoaso wɔ no.

DWUMADI 3: Simma 5. Wɔde eyi bɛma onuabea. Dwumadi yi asɛmti begyina Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba anaa Insight on the Scriptures, Po 2 so. (Hwɛ ɔkwan a wɔfa so siesie dwumadi a ɛfa Bible mu nipa bi ho no wɔ Dwumadi 4.) Wobetumi ayɛ no sɛ bɔnnɔ so adansedi, sankɔhwɛ, ofie Bible adesua, anaa asɛnka adwuma no fã foforo. Ɛtɔ mmere bi a wobetumi ayɛ no sɛ ɔwofo bi a ɔrekyerɛ ne ba ketewa ade. Wɔn a wɔyɛ dwumadi no betumi atra ase anaa wɔagyina hɔ. Ade a sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ohu paa ne sɛnea osuani no boa ofiewura anaa abofra no ma odwen asɛm no ho na ɔte sɛnea wɔde kyerɛw nsɛm no di dwuma no ase. Ɛsɛ sɛ osuani a wɔma no saa dwumadi yi yɛ obi a onim akenkan. Sukuu sohwɛfo no bɛma no ɔhokafo biako, nanso obetumi de nipa foforo aka ho. Sɛ wɔresusuw Abusua Mu Anigye nhoma no ho a, osuani no betumi ama ofiewura no akenkan nkyekyem ahorow bi. Ɛnyɛ ɔkwan a wɔnam so yɛ dwumadi no na ɛsɛ sɛ wɔma ehia wɔn kɛse, na mmom asɛm no mu nkyerɛkyerɛmu a etu mpɔn.

DWUMADI 4: Simma 5. Sɛ dwumadi yi gyina nsɛm a ɛfa Bible mu nipa bi ho so a, wɔde bɛma onuabarima anaa onuabea. Sɛ egyina Abusua Mu Anigye nhoma no so a, wɔde bɛma onuabarima. Wɔama dwumadi biara asɛmti wɔ dwumadi nhyehyɛe yi so. Sɛ dwumadi yi fa Bible mu nipa bi ho a, wobetumi anya ne ho nsɛm afi Insight on the Scriptures no Po 2, wɔ afã a ne din pue no mu. Ɛsɛ sɛ osuani no kenkan Kyerɛwnsɛm a ɛwom no na ama wahu nsɛm a ɛfa Bible mu nipa no ho no yiye—n’asetra mu nsɛm ne ne nipasu, ne suban, ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ osuani no gyina dwumadi yi asɛmti so siesie ne ho na ɔpaw kyerɛw nsɛm a ɛfata a ɔde bedi dwuma. Obetumi de kyerɛw nsɛm foforo a esi Bible mu nnyinasosɛm a ɛfa asɛmti no ho so dua aka ho. Nea enti a yesua Bible mu nipa bi ho ade ne sɛ ɛbɛkyerɛ yɛn nea yebetumi asua afi ne nhwɛso mu. Nneɛma a nkurɔfo yɛe a ɛdaa nokwaredi, akokoduru, ahobrɛase, ne ahofama adi no yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua; nea ebinom yɛe a ankyerɛ nokwaredi ne suban bɔne a woyii no adi no yɛ kɔkɔbɔ a emu yɛ den a ɛbɛma Kristofo atwe wɔn ho afi bra bɔne ho. Sɛ wɔde kasa yi ma onuabarima a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so no ho ma. Sɛ wɔde dwumadi yi ma onuabea a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ Dwumadi 3 no.

*BIBLE AKENKAN NHYEHYƐE A WƆDE AKA HO: Wɔde eyi ahyɛ nkahyemde mu wɔ dwom a wɔbɛto no dapɛn biara no akyi. Sɛ obi di nhyehyɛe yi akyi, kenkan bɛyɛ nkratafa du dapɛn biara a, obetumi akenkan Bible mũ no nyinaa awie wɔ mfe abiɛsa mu. Sukuu dwumadi no anaa ɛho sɔhwɛ no fã biara nnyina akenkan nhyehyɛe a wɔde aka ho no so.

MONHYƐ NO NSOW: Sɛ mopɛ nsɛm ne akwankyerɛ foforo a ɛfa afotu, bere sodi, sukuu sɔhwɛ, ne sɛnea wosiesie dwumadi ahorow no ho a, yɛsrɛ mo, monhwɛ October 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3.

DWUMADI NHYEHYƐE

Jan. 4 Bible akenkan: Adiyisɛm 16-18

Dwom 23 [*2 Ahene 16-19]

No. 1: Ɔkwan a Onyankopɔn Faa so Ma Wɔkyerɛw Bible No (w97-TW 6/15 nkr. 4-8)

No. 2: Adiyisɛm 16:1-16

No. 3: Bɔ Wo Ba Ho Ban Fi Asiane Ho (fy-TW nkr. 61-3 nky. 24-8)

No. 4: Mateo—Asɛmti: Onyankopɔn Nhwɛ Nnipa Anim

Jan. 11 Bible akenkan: Adiyisɛm 19-22

Dwom 126 [*2 Ahene 20-25]

No. 1: Adiyisɛm—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 268-9 nky. 28-34)

No. 2: Adiyisɛm 22:1-15

No. 3: Awofo—Mummue Nkɔmmɔbɔ Ho Kwan (fy-TW nkr. 64-6 nky. 1-7)

No. 4: Matia—Asɛmti: Onyankopɔn Pɛ sɛ Ahwɛfo Yɛ Honhom Mufo

Jan. 18 Bible akenkan: Genesis 1-3

Dwom 84 [*1 Beresosɛm 1-6]

No. 1: Genesis Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 13-14 nky. 1-8)

No. 2: Genesis 1:1-13

No. 3: Kyerɛkyerɛ Wo Mma Abrabɔ ne Honhom Fam Gyinapɛn (fy-TW nkr. 67-71 nky. 8-14)

No. 4: Melkisedek—Asɛmti: Yesu Kristo, Ɔsɔfo Panyin Wɔ Melkisedek Kwan So

Jan. 25 Bible akenkan: Genesis 4-6

Dwom 66 [*1 Beresosɛm 7-13]

No. 1: Hwɛ Yiye na Woannwen Adwemmɔne Amma Afoforo (w97-TW 5/15 nkr. 26-9)

No. 2: Genesis 4:1-16

No. 3: Nea Enti a Nteɛso ne Obu Ho Hia (fy-TW nkr. 71-2 nky. 15-18)

No. 4: Mefiboset (No. 2)—Asɛmti: Adɔeyɛ—Onyankopɔn Nokware Asomfo Agyiraehyɛde

Feb. 1 Bible akenkan: Genesis 7-9

Dwom 108 [*1 Beresosɛm 14-21]

No. 1: Nsuyiri no Ho Asɛm a Bible Ka no Yɛ Nokware (g97-TW 2/8 nkr. 24-5)

No. 2: Genesis 7:1-16

No. 3: Kyerɛ Wo Mma Onyankopɔn Adwene Wɔ Adwuma ne Agoru Ho (fy-TW nkr. 72-5 nky. 19-25)

No. 4: Mesak—Asɛmti: Mudi mu Kura Wɔ Mmofraberem so Wɔ Akatua

Feb. 8 Bible akenkan: Genesis 10-12

Dwom 132 [*1 Beresosɛm 22-29]

No. 1: Atorodi Ho Nokwasɛm (g97-TW 3/8 nkr. 11-13)

No. 2: Genesis 12:1-20

No. 3: Mmofra Atuatew ne Nneɛma a Ɛde Ba (fy-TW nkr. 76-9 nky. 1-8)

No. 4: Mika (No. 7)—Asɛmti: Tumi a Mfatoho Ahorow Wɔ

Feb. 15 Bible akenkan: Genesis 13-15

Dwom 49 [*2 Beresosɛm 1-8]

No. 1: Nnipa Mmerɛwyɛ Ma Yehowa Tumi Da Adi Kɛse (w97-TW 6/1 nkr. 24-7)

No. 2: Genesis 14:8-20

No. 3: Mikaia (No. 2)—Asɛmti: Ka Asɛm no Akokoduru So

No. 4: Ɛnsɛ sɛ Woyɛ Abahyɛbɔne Anaa Katee Dodo (fy-TW nkr. 80-1 nky. 10-13)

Feb. 22 Bible akenkan: Genesis 16-19

Dwom 188 [*2 Beresosɛm 9-17]

No. 1: Nea Wo Mpaebɔ Da no Adi (w97-TW 7/1 nkr. 27-30)

No. 2: Genesis 18:1-15

No. 3: Abofra Ahiade Atitiriw a Wɔde Ma no Betumi Asiw Atuatew Ano (fy-TW nkr. 82-5 nky. 14-18)

No. 4: Miriam (No. 1)—Asɛmti: Hwɛ Yiye Wɔ Anwiinwii Ho

Mar. 1 Bible akenkan: Genesis 20-23

Dwom 54 [*2 Beresosɛm 18-24]

No. 1: Sɛnea Wobɛtete W’ahonim (w97-TW 8/1 nkr. 4-6)

No. 2: Genesis 23:1-13

No. 3: Mordekai (No. 2)—Asɛmti: Nokwaredi, Su a Akatua Wɔ So

No. 4: Akwan a Wɔfa so Boa Abofra a Wayɛ Bɔne (fy-TW nkr. 85-7 nky. 19-23)

Mar. 8 Bible akenkan: Genesis 24-25

Dwom 121 [*2 Beresosɛm 25-31]

No. 1: Nokware no Ma Yenya Ahofadi Fi Dɛn Ho? (w97-TW 2/1 nkr. 4-7)

No. 2: Genesis 24:1-4, 10-21

No. 3: Mose—Asɛmti: Kyerɛ Yehowa Ntetee Ho Anisɔ

No. 4: Otuatewfo a Wapirim ne Koma Ho Dwuma a Wubedi (fy-TW nkr. 87-9 nky. 24-7)

Mar. 15 Bible akenkan: Genesis 26-28

Dwom 197 [*2 Beresosɛm 32-36]

No. 1: Afã a Nnwom Wɔ Wɔ Nnɛyi Som Mu (w97-TW 2/1 nkr. 24-8)

No. 2: Genesis 26:1-14

No. 3: Bɔ W’abusua Ho Ban Wɔ Nkɛntɛnso Bɔne Ho (fy-TW nkr. 90-2 nky. 1-7)

No. 4: Naaman (No. 2)—Asɛmti: Ahobrɛase so Wɔ Nhyira Pii

Mar. 22 Bible akenkan: Genesis 29-31

Dwom 4 [*Esra 1-7]

No. 1: Ɛnyɛ Ogya na Ɛbɛsɛe Asase No (g97-TW 1/8 nkr. 28-9)

No. 2: Genesis 31:1-18

No. 3: Nabal—Asɛmti: Mfa Bɔne Ntua Papa so Ka

No. 4: Onyankopɔn Adwene Wɔ Ɔbarima ne Ɔbea Nna Ho (fy-TW nkr. 92-5 nky. 8-13)

Mar. 29 Bible akenkan: Genesis 32-35

Dwom 143 [*Esra 8–Nehemia 4]

No. 1: Ɔyare a Nyankopɔn Bɛsa no Anwonwakwan So—Bere Bɛn? (w97-TW 7/1 nkr. 4-7)

No. 2: Genesis 35:1-15

No. 3: Boa Wo Mma Ma Wɔmfa Nnamfo Pa (fy-TW nkr. 95-7 nky. 14-18)

No. 4: Nadab (No. 1)—Asɛmti: Hokwan Ahorow a Wɔde Di Dwuma Ɔkwammɔne so no De Yehowa Abufuw Ba

Apr. 5 Bible akenkan: Genesis 36-38

Dwom 106 [*Nehemia 5-11]

No. 1: Nkwagye—Nea Ɛkyerɛ Ankasa (w97-TW 8/15 nkr. 4-7)

No. 2: Genesis 38:6-19, 24-26

No. 3: Natan (No. 2)—Asɛmti: Mfa Nteɛso Nkame Nea Ɛsɛ No

No. 4: Sɛnea Wɔbɛpaw Anigyede a Ɛfata Ama Abusua (fy-TW nkr. 98-102 nky. 19-27)

Apr. 12 Bible akenkan: Genesis 39-41

Dwom 34 [*Nehemia 12–Ester 5]

No. 1: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woka Nneyɛe Bɔne Ho Asɛm Kyerɛ? (w97-TW 8/15 nkr. 26-9)

No. 2: Genesis 40:1-15

No. 3: Nimdeɛ a Egyina Kyerɛwnsɛm so Ma Ɔwofo Biako Mmusua (fy-TW nkr. 103-5 nky. 1-8)

No. 4: Natanael—Asɛmti: Mma Wonnhu Nnaadaa Wɔ Wo Mu

Apr. 19 Bible akenkan: Genesis 42-44

Dwom 124 [*Ester 6–Hiob 5]

No. 1: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wodi Abufuw So (g97-TW 6/8 nkr. 22-23)

No. 2: Genesis 42:1-17

No. 3: Sɛnea Ɛyɛ Den sɛ Ɔwofo a Onni Ɔhokafo Benya N’asetrade (fy-TW nkr. 105-7 nky. 9-12)

No. 4: Nebukadnesar—Asɛmti: Yehowa Brɛ Wɔn a Wɔnantew Ahantan so Ase

Apr. 26 Sɔhwɛ. Kenkan Adiyisɛm 16–Genesis 44

Dwom 18 [*Hiob 6-14]

May 3 Bible akenkan: Genesis 45-47

Dwom 90 [*Hiob 15-23]

No. 1: So Otwa Afahyɛ Ahorow Sɔ Onyankopɔn Ani? (w97-TW 9/15 nkr. 8-9)

No. 2: Genesis 45:16–46:4

No. 3: Nteɛso mu a Wobekura Wɔ Ɔwofo Biako Fie (fy-TW nkr. 107-10 nky. 13-17)

No. 4: Nebusaradan—Asɛmti: Yehowa Asɛm Ba Mu Bere Nyinaa

May 10 Bible akenkan: Genesis 48-50

Dwom 76 [*Hiob 24-33]

No. 1: Genesis—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 17-19 nky. 30-5)

No. 2: Genesis 49:13-28

No. 3: Ankonamyɛ a Wubedi So (fy-TW nkr. 110-13 nky. 18-22)

No. 4: Nehemia (No. 3)—Asɛmti: Yɛ Nhwɛso Ma Nguan No

May 17 Bible akenkan: Exodus 1-4

Dwom 2 [*Hiob 34-42]

No. 1: Exodus Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 19-20 nky. 1-8)

No. 2: Exodus 4:1-17

No. 3: Nikodemo—Asɛmti: Nnipa Ho Suro Sum Afiri

No. 4: Sɛnea Wɔboa Awofo a Wonni Ahokafo Mmusua (fy-TW nkr. 113-15 nky. 23-7)

May 24 Bible akenkan: Exodus 5-8

Dwom 42 [*Nnwom 1-17]

No. 1: Ahiafo a Wɔyɛ Adefo—Ɛbɛyɛ Dɛn na Atumi Ayɛ Yiye? (w97-TW 9/15 nkr. 3-7)

No. 2: Exodus 7:1-13

No. 3: Noa (No. 1)—Asɛmti: Osetie Ho Hia Ma Nkwagye

No. 4: Adwempa a Wɔde Gyina Yare Ano so Mfaso Horow (fy-TW nkr. 116-19 nky. 1-9)

May 31 Bible akenkan: Exodus 9-12

Dwom 24 [*Nnwom 18-28]

No. 1: Nea Wiase no Fã a Obi Nyɛ no Kyerɛ (g97-TW 9/8 nkr. 22-23)

No. 2: Exodus 12:21-36

No. 3: Honhom a Ɛma Wotumi Gyina Yare Ano so Mfaso (fy-TW nkr. 120-1 nky. 10-13)

No. 4: Obadia (No. 4)—Asɛmti: Nya Akokoduru na Yi Ɔdɔ Adi Kyerɛ Onyankopɔn Asomfo

June 7 Bible akenkan: Exodus 13-16

Dwom 58 [*Nnwom 29-38]

No. 1: Sɛnea Wonya Anidaso Wɔ Abasamtu Mu (w97-TW 5/15 nkr. 22-5)

No. 2: Exodus 15:1-13

No. 3: Momfa Nneɛma a Ɛho Hia Nni Kan na Mommoa Mmofra Mma Wonnyina Yare a Aba Abusua no Muni so no Ano (fy-TW nkr. 122-3 nky. 14-18)

No. 4: Onesimo—Asɛmti: Kura Ahonim Pa Mu

June 14 Bible akenkan: Exodus 17-20

Dwom 115 [*Nnwom 39-50]

No. 1: Sɛnea Kristofo Di Wɔn Awofo a Wɔabɔ Nkwakoraa ne Mmerewa Ni (w97-TW 9/1 nkr. 4-7)

No. 2: Exodus 17:1-13

No. 3: Paulo—Asɛmti: Nokware no Ho Atamfo Betumi Asakra

No. 4: Sɛnea Ɛsɛ sɛ Wobu Ayaresa (fy-TW nkr. 124-7 nky. 19-23)

June 21 Bible akenkan: Exodus 21-24

Dwom 5 [*Nnwom 51-65]

No. 1: Nokware Nyansahu ne Bible no Hyia (g97-TW 7/8 nkr. 22-3)

No. 2: Exodus 21:1-15

No. 3: Ɔkwan Bɛn so na Ɔyere a Ɔyɛ Gyidini Betumi Ama Asomdwoe Atra Abusua a Emufo Nni Ɔsom Biako mu Mu? (fy-TW nkr. 128-31 nky. 1-9)

No. 4: Petro—Asɛmti: Nya Akokoduru na Hyɛ Wo Ho Den Wɔ Onyankopɔn Som Mu

June 28 Bible akenkan: Exodus 25-28

Dwom 47 [*Nnwom 66-74]

No. 1: Hu Yehowa, Onyankopɔn Teasefo No (w97-TW 10/1 nkr. 4-8)

No. 2: Exodus 25:17-30

No. 3: Filipo (No. 1)—Asɛmti: Yɛ Anifere na Ma W’ani Nna Hɔ

No. 4: Ɔkwan Bɛn so na Okunu a Ɔyɛ Gyidini Betumi Ama Asomdwoe Atra Abusua no mu Bere a Emufo Nni Ɔsom Biako Mu? (fy-TW nkr. 132-3 nky. 10-11)

July 5 Bible akenkan: Exodus 29-32

Dwom 174 [*Nnwom 75-85]

No. 1: Mma Wiase Honhom Nni Wo Awu (w97-TW 10/1 nkr. 25-9)

No. 2: Exodus 29:1-14

No. 3: Kyerɛwnsɛm no a Wɔde Tete Mmofra Wɔ Abusua a Emufo Nni Ɔsom Biako mu Mu (fy-TW nkr. 133-4 nky. 12-15)

No. 4: Filipo (No. 2)—Asɛmti: Yɛ Honhom Muni

July 12 Bible akenkan: Exodus 33-36

Dwom 214 [*Nnwom 86-97]

No. 1: Yɛ Ɔnokwafo na Kura Wo Mudĩ Mu (w97-TW 5/1 nkr. 4-7)

No. 2: Exodus 34:17-28

No. 3: Abusuabɔ a Asomdwoe Wom a Wobɛma Atra Wo ne W’awofo a Wo ne Wɔn Nni Ɔsom Biako mu no Ntam (fy-TW nkr. 134-5 nky. 16-19)

No. 4: Pinehas (No. 1)—Asɛmti: Gyina Pintinn Wɔ Adetreneeyɛ Mu

July 19 Bible akenkan: Exodus 37-40

Dwom 38 [*Nnwom 98-106]

No. 1: Exodus—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 24-5 nky. 26-31)

No. 2: Exodus 40:1-16

No. 3: Den a Ɛyɛ sɛ Wobɛyɛ Ɔwofo a Ɔwɔ Mmanoma (fy-TW nkr. 136-9 nky. 20-5)

No. 4: Pinehas (No. 2)—Asɛmti: Mmu Yehowa Animtiaa Da

July 26 Bible akenkan: Leviticus 1-4

Dwom 26 [*Nnwom 107-118]

No. 1: Leviticus Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 25-6 nky. 1-10)

No. 2: Leviticus 2:1-13

No. 3: Mma Honam Fam Nneɛma Mfa Mpaapaemu Mma Wo Fie (fy-TW nkr. 140-1 nky. 26-8)

No. 4: Foibe—Asɛmti: Gyina Wo Nuanom Akyi Akokoduru So

Aug. 2 Bible akenkan: Leviticus 5-7

Dwom 9 [*Nnwom 119-125]

No. 1: Nea Ɛde Nokware Anigye Ba (w97-TW 10/15 nkr. 5-7)

No. 2: Leviticus 6:1-13

No. 3: Adesɛe a Sadweamyɛ De Ba (fy-TW nkr. 142-3 nky. 1-4)

No. 4: Pilato—Asɛmti: Obi Ho Mu a Ogyae Kodi Nnipadɔm Akyi De Asodi Ba

Aug. 9 Bible akenkan: Leviticus 8-10

Dwom 210 [*Nnwom 126-143]

No. 1: Nnyinasosɛm a Wubehu no Kyerɛ Ahokokwaw (w97-TW 10/15 nkr. 28-30)

No. 2: Leviticus 10:12-20

No. 3: Sɛnea Wɔboa Obusuani a Ɔyɛ Ɔsadweam (fy-TW nkr. 143-7 nky. 5-13)

No. 4: Rabsake—Asɛmti: Wonsi Onyankopɔn Atwetwe

Aug. 16 Bible akenkan: Leviticus 11-13

Dwom 80 [*Nnwom 144–Mmebusɛm 5]

No. 1: Hwɛ Yiye Wɔ “Epikurofo” Ho (w97-TW 11/1 nkr. 23-5)

No. 2: Leviticus 13:1-17

No. 3: Ofie Basabasayɛ ne Sɛnea Wɔkwati (fy-TW nkr. 147-50 nky. 14-22)

No. 4: Rahel—Asɛmti: Kwati Ahoɔyaw ne Abasamtu na Gye Asetram Amanehunu Tom

Aug. 23 Bible akenkan: Leviticus 14-15

Dwom 137 [*Mmebusɛm 6-14]

No. 1: Eyi ne Nna a Edi Akyiri no Ampa (w97-TW 4/1 nkr. 4-8)

No. 2: Leviticus 14:33-47

No. 3: Rahab—Asɛmti: Gyidi a Nnwuma Nni mu Awu

No. 4: So Ntetewmu ne Ano Aduru? (fy-TW nkr. 150-2 nky. 23-6)

Aug. 30 Sɔhwɛ. Kenkan Genesis 45–Leviticus 15

Dwom 145 [*Mmebusɛm 15-22]

Sept. 6 Bible akenkan: Leviticus 16-18

Dwom 222 [*Mmebusɛm 23-31]

No. 1: Bere a Amanehunu Befi Hɔ (w97-TW 2/15 nkr. 4-7)

No. 2: Leviticus 16:20-31

No. 3: Rebeka—Asɛmti: Sɛ Worepaw Ɔhokafo a, Ma Yehowa Mmra Mu

No. 4: Kyerɛwnsɛm no a Wɔde Di Aware mu Nsɛnnennen Ho Dwuma (fy-TW nkr. 153-6 nky. 1-9)

Sept. 13 Bible akenkan: Leviticus 19-21

Dwom 122 [*Ɔsɛnkafo 1-12]

No. 1: Nea Enti a Ahotua Anaa Anigyede a Obi De Kame Ne Ho Nyɛ Ɔkwan a Wɔfa so Hu Nyansa (g97-E 10/8 nkr. 20-1)

No. 2: Leviticus 19:16-18, 26-37

No. 3: Rehabeam—Asɛmti: Kwati Ahantan na Po Afotu Bɔne

No. 4: Aware mu Nna a Wɔmfa Nkame Wɔn Ho (fy-TW nkr. 156-8 nky. 10-13)

Sept. 20 Bible akenkan: Leviticus 22-24

Dwom 8 [*Nnwom mu Dwom 1–Yesaia 5]

No. 1: So Anwiinwii Nyinaa Nye? (w97-TW 12/1 nkr. 29-31)

No. 2: Leviticus 23:15-25

No. 3: Ruben (No. 1)—Asɛmti: Nea Efi Nneyɛe Bɔne mu Ba Betumi Atra Hɔ Daa

No. 4: Bible mu Asɛm a Wogyina so Gyae Aware (fy-TW nkr. 158-9 nky. 14-16)

Sept. 27 Bible akenkan: Leviticus 25-27

Dwom 120 [*Yesaia 6-14]

No. 1: Leviticus—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 28-30 nky. 28-39)

No. 2: Leviticus 25:13-28

No. 3: Rut—Asɛmti: Nokware Dɔ Nni Huammɔ

No. 4: Nea Kyerɛwnsɛm no Ka Wɔ Ntetewmu Ho (fy-TW nkr. 159-62 nky. 17-22)

Oct. 4 Bible akenkan: Numeri 1-3

Dwom 30 [*Yesaia 15-25]

No. 1: Numeri Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 30-1 nky. 1-10)

No. 2: Numeri 1:44-54

No. 3: Bere a Yɛn Nyinaa Nyinyin (fy-TW nkr. 163-5 nky. 1-9)

No. 4: Salome (No. 1)—Asɛmti: Som Yehowa Ahobrɛase Mu

Oct. 11 Bible akenkan: Numeri 4-6

Dwom 97 [*Yesaia 26-33]

No. 1: Yehowa De Ayamhyehye na Edi Tumi (w97-TW 12/15 nkr. 28-9)

No. 2: Numeri 4:17-33

No. 3: Aware a Wɔsan Hyɛ Mu Den (fy-TW nkr. 166-7 nky. 10-13)

No. 4: Simson—Asɛmti: Bɔ Wo ne Yehowa Ntam Abusuabɔ a Ɛsom Bo no Ho Ban

Oct. 18 Bible akenkan: Numeri 7-9

Dwom 96 [*Yesaia 34-41]

No. 1: Baabi a Wobetumi Anya Nokware Anigye (w97-TW 3/15 kr. 23)

No. 2: Numeri 9:1-14

No. 3: Kyerɛ Wo Mmanananom Ho Anigye na Yɛ Nsakrae Bere a Wo Mfe Kɔ Anim No (fy-TW nkr. 168-70 nky. 14-19)

No. 4: Samuel—Asɛmti: Som Onyankopɔn Fi Wo Mmofraase

Oct. 25 Bible akenkan: Numeri 10-12

Dwom 125 [*Yesaia 42-49]

No. 1: Yehowa Dwen Amanehunufo Ho (w97-TW 4/15 nkr. 4-7)

No. 2: Numeri 10:11-13, 29-36

No. 3: Wo Hokafo Wu Ano a Wubegyina (fy-TW nkr. 170-2 nky. 20-5)

No. 4: Safira—Asɛmti: Nnya Nnaadaa mu Kyɛfa

Nov. 1 Bible akenkan: Numeri 13-15

Dwom 64 [*Yesaia 50-58]

No. 1: Nea Enti a Anwonwade Nkutoo Mma Obi Nnya Gyidi (w97-TW 3/15 nkr. 4-7)

No. 2: Numeri 14:13-25

No. 3: Sara—Asɛmti: Ɔyere a Osuro Nyankopɔn Ahoɔfɛ

No. 4: Sɛnea Kristofo Di Wɔn Awofo a Wɔanyinyin Ni (fy-TW nkr. 173-5 nky. 1-5)

Nov. 8 Bible akenkan: Numeri 16-19

Dwom 78 [*Yesaia 59-66]

No. 1: Nea Enti a Ohia Mma Korɔnbɔ Mfata (g97-TW 11/8 nkr. 26-27)

No. 2: Numeri 18:1-14

No. 3: Da Ɔdɔ ne Tema Adi (fy-TW nkr. 175-8 nky. 6-14)

No. 4: Saul (No. 1)—Asɛmti: Sɛnea Ahoɔyaw ne Animtiaabu Tumi Sɛe Ade

Nov. 15 Bible akenkan: Numeri 20-22

Dwom 46 [*Yeremia 1-6]

No. 1: Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No—Ɔfã 1 (w97-TW 8/15 nkr. 8-11)

No. 2: Numeri 20:14-26

No. 3: Hwehwɛ Yehowa Hɔ Ahoɔden Bere Nyinaa (fy-TW nkr. 179-82 nky. 15-21)

No. 4: Sanaherib—Asɛmti: Yehowa Gye Ne Nkurɔfo

Nov. 22 Bible akenkan: Numeri 23-26

Dwom 59 [*Yeremia 7-13]

No. 1: Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No—Ɔfã 2 (w97-TW 9/15 nkr. 25-9)

No. 2: Numeri 23:1-12

No. 3: Nya Onyamesom Pa ne Ahosodi (fy-TW nkr. 183-4 nky. 1-5)

No. 4: Sadrak—Asɛmti: Ngu Wo Ho Fĩ Wɔ Wiase Bɔne Yi Mu

Nov. 29 Bible akenkan: Numeri 27-30

Dwom 180 [*Yeremia 14-21]

No. 1: Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No—Ɔfã 3 (w97-TW 10/15 nkr. 8-12)

No. 2: Numeri 27:1-11

No. 3: Tiyɛ Ho Adwene a Ɛfata (fy-TW nkr. 185-6 nky. 6-9)

No. 4: Seba (No. 4)—Asɛmti: Wɔn a Wɔkɔfa Bɔne Ba Twa Nea Wogu

Dec. 6 Bible akenkan: Numeri 31-32

Dwom 170 [*Yeremia 22-28]

No. 1: Nea Ɛkɔfaa Nnɛyi Buronya Bae (w97-TW 12/15 nkr. 4-7)

No. 2: Numeri 31:13-24

No. 3: Ade Titiriw a Ɔdɔ Yɛ Wɔ Abusua no Mu (fy-TW nkr. 186-7 nky. 10-12)

No. 4: Sekem (No. 1)—Nea Efi Nna mu Ɔbrasɛe mu Ba Betumi Ahaw Adwene Yiye

Dec. 13 Bible akenkan: Numeri 33-36

Dwom 51 [*Yeremia 29-34]

No. 1: Numeri—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 34-5 nky. 32-8)

No. 2: Numeri 36:1-13

No. 3: Simei (No. 12)—Asɛmti: Osetie Betumi Agye Wo Nkwa

No. 4: Onyankopɔn Apɛde a Mobɛyɛ sɛ Abusua (fy-TW nkr. 188-9 nky. 13-15)

Dec. 20 Bible akenkan: Deuteronomium 1-3

Dwom 159 [*Yeremia 35-41]

No. 1: Deuteronomium Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 36-7 nky. 1-9)

No. 2: Deuteronomium 2:1-15

No. 3: Simeon (No. 1)—Asɛmti: Abufuhyew De Animguase ne Awerɛhodi na Ɛba

No. 4: Abusua no ne Wo Daakye (fy-TW nkr. 190-1 nky. 16-18)

Dec. 27 Sɔhwɛ. Kenkan Leviticus 16–Deuteronomium 3

Dwom 192 [*Yeremia 42-48]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena