BERƐSOSƐM NWOMA A ƐTƆ SO MMIENU
1 Dawid ba Solomon yɛɛ den n’ahennie mu, na Yehowa, ne Nyankopɔn dii n’akyi, na ɔmaa no yɛɛ kɛseɛ paa.+
2 Solomon soma maa wɔkɔfrɛɛ Israel nyinaa bae; apem apem ne ɔhaha so mpanimfoɔ, atemmufoɔ, ne Israel mpanimfoɔ a wɔyɛ agyanom abusuafie mpanimfoɔ nyinaa. 3 Ɛnna Solomon ne asafo a wɔka ne ho nyinaa kɔɔ sorɔnsorɔmmea* a ɛwɔ Gibeon+ no; ɛhɔ na na nokorɛ Nyankopɔn no ahyiaeɛ ntomadan a Yehowa akoa Mose yɛɛ wɔ serɛ so no wɔ. 4 Nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no deɛ, na Dawid akɔfa afiri Kiriat-Yearim+ aba faako a Dawid siesie maa no no; ná wasi ntomadan ama no wɔ Yerusalem.+ 5 Kɔbere afɔrebukyia+ a Hur ba Uri ba Besalel+ yɛeɛ no, na ɛsi Yehowa ntomadan no anim; ɛhɔ na na Solomon ne asafo no bɔ mpaeɛ.* 6 Ɛnna Solomon bɔɔ afɔreɛ wɔ hɔ maa Yehowa; ɔde mmoa 1,000 bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ kɔbere afɔrebukyia+ a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu so.
7 Saa anadwo no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me deɛ menyɛ mma wo.”+ 8 Ɛnna Solomon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Woada ɔdɔ kɛseɛ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me papa Dawid,+ na woama masi n’ananmu adi hene.+ 9 O Yehowa Nyankopɔn, ɛbɔ a wohyɛɛ me papa Dawid no, ma no mmra mu;+ wo na woasi me hene wɔ nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ asaase so anwea yi so.+ 10 Ma me nyansa ne nimdeɛ+ a mede bɛdi ɔman yi anim,* ɛfiri sɛ wo man kɛseɛ yi deɛ, hwan na ɔbɛtumi abu wɔn atɛn?”+
11 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Ɛsiane sɛ wei na ɛwɔ w’akomam, na woammisa ahonyadeɛ, sika, animuonyam, anaa w’atamfo nkwa* anaasɛ nkwa tenten,* na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ a wode bɛbu me man a mede wo asi wɔn so hene no atɛn nti,+ 12 nyansa ne nimdeɛ no, mede bɛma wo, na ahonyadeɛ ne sika ne animuonyam nso, mɛma wo deɛ ahemfo a wɔdii w’anim no biara annya bi da, na obiara a ɔbɛdi w’akyi aba nso rennya bi.”+
13 Ɛnna Solomon firii sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no,+ ahyiaeɛ ntomadan no anim, baa Yerusalem, na ɔdii Israel so. 14 Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ* ano, na ɔnyaa nteaseɛnam 1,400 ne apɔnkɔ* 12,000,+ na ɔde kɔɔ nteaseɛnam nkuro mu,+ na na ɛhɔ bɛn ɔhene wɔ Yerusalem.+ 15 Ɔhene maa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ dɔɔso wɔ Yerusalem sɛ aboɔ,+ na ɔmaa sida nnua dɔɔso sɛ sikamɔɔ nnua a ɛwɔ Sefela.+ 16 Solomon apɔnkɔ no, wɔkra firii Egypt;+ ná ɔhene adwadifoɔ no kɔtɔ apɔnkɔ* no akuakuo tua boɔ a wɔatwa ato so.+ 17 Nteaseɛnam a wɔkra firii Egypt no, na ebiara boɔ yɛ nnwetɛbena 600, na pɔnkɔ nso boɔ yɛ nnwetɛbena 150. Ná wɔn nso kɔtɔn ma Hitifoɔ ahemfo ne Siria ahemfo.
2 Solomon kaa sɛ wɔnsi fie mma Yehowa din+ na wɔnsi fie* mma n’ahennie no.+ 2 Solomon yii mmarima 70,000 sɛ wɔnsoasoa nneɛma, mmarima 80,000 sɛ wɔmpae aboɔ wɔ mmepɔ mu,+ ne mmarima 3,600 sɛ wɔnhwɛ wɔn so.+ 3 Bio nso, Solomon soma kɔɔ Tiro hene Hiram+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛdeɛ wode sida nnua brɛɛ me papa Dawid maa no de sii fie* tenaa mu no,+ me nso yɛ me saa ara. 4 Merebɛsi fie ama Yehowa me Nyankopɔn din na mate ho ahye aduhwam+ wɔ n’anim. Mede paanoo a wɔde taataa so* a wɔde si hɔ daa,+ ne anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔreɛ+ nso bɛma no Homeda+ biara. Bosome foforɔ+ ne yɛn Nyankopɔn Yehowa afahyɛ berɛ+ nso, saa ara na mɛyɛ. Wei ne ahyɛdeɛ a ɛda hɔ ma Israel daa. 5 Efie a merebɛsi no so, ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa. 6 Hwan na ɔbɛtumi asi fie ama no? Ɔsoro ne ɔsoro mu soro mpo sua ma no,+ na me ne hwan a mɛsi fie ama no atena mu? Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛsi fie na wɔahye afɔrebɔdeɛ wom n’anim. 7 Enti ma me ɔbarima a ne ho akokwa a ɔbɛtumi ayɛ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere,+ dadeɛ, ntoma kɔkɔɔ ne ntoma a ɛbere dum ne ahoma bruu ho adwuma na ɔnim adwini die. Ɔne me mmarima a wɔn ho akokwa a me papa Dawid yii+ wɔn no bɛyɛ adwuma wɔ Yuda ne Yerusalem. 8 Brɛ me sida nnua, papao nnua,+ ne algum nnua+ a ɛfiri Lebanon, na menim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua+ twa yie. Me nkoa ne wo nkoa bɛbom ayɛ adwuma,+ 9 na wɔbɛsiesie nnua pii ama me, ɛfiri sɛ efie a merebɛsi no so yie. 10 Hwɛ! Wo nkoa a wɔboaboa nnua ano ne wɔn a wɔtwa nnua no, nnuane a mede bɛma wɔn nie:+ hwiit kor* 20,000, baali* kor 20,000, bobesa bat susuhina* 20,000, ne ngo bat susuhina 20,000.”
11 Ɛnna Tiro hene Hiram twerɛɛ krataa kɔmaa Solomon sɛ: “Yehowa dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.” 12 Hiram toaa so sɛ: “Ayeyie nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase, ɛfiri sɛ wama Ɔhene Dawid ɔba nyansafoɔ+ a ɔwɔ nhunumu ne nteaseɛ+ a ɔbɛsi fie ama Yehowa na wasi ahemfie ama n’ahennie. 13 Afei meresoma Hiram-Abi,+ odwumfoɔ a ne ho akokwa na ɔwɔ nimdeɛ pii; 14 ne maame firi Danfoɔ mu na ne papa deɛ, ɔfiri Tiro. Ɔyɛ odwumfoɔ a ɔnim sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, aboɔ, nnua, ntoma kɔkɔɔ, ahoma bruu, nwera pa, ne ntoma a ɛbere dum+ ho adwuma. Ɔnim adwini di, na ɔbɛtumi ayɛ adwini biara a wɔde bɛhyɛ ne nsa.+ Ɔne wo mmarima a wɔnim adwuma ne me wura, wo papa Dawid, mmarima a wɔn ho akokwa na ɛbɛyɛ adwuma. 15 Afei hwiit, baali, ngo, ne bobesa a me wura kaa sɛ ɔde bɛba no, ma no mfa mmrɛ ne nkoa.+ 16 Yɛn nso yɛbɛtwa nnua dodoɔ biara a wohia afiri Lebanon+ de agu po so* aba Yopa,+ na wode akɔ Yerusalem.”+
17 Ɛnna Solomon kan mmarima a wɔyɛ ahɔhoɔ a wɔabɛtena Israel asaase so nyinaa+ sɛdeɛ berɛ bi ne papa Dawid+ yɛeɛ no, na ɔnyaa 153,600. 18 Enti ɔyii wɔn mu 70,000 sɛ wɔnsoasoa nneɛma, ɔyii 80,000 sɛ wɔmpae aboɔ+ wɔ mmepɔ mu, na ɔyii 3,600 sɛ wɔnhwɛ nkurɔfoɔ no so mma wɔnyɛ adwuma.+
3 Ɛnna Solomon firii aseɛ sɛ ɔresi Yehowa fie+ no wɔ Moria Bepɔ so+ wɔ Yerusalem, faako a ne papa Dawid+ siesiee wɔ Yebusini Ornan ayuporobea+ hɔ no; ɛhɔ na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Dawid no. 2 Ɔfirii aseɛ sii efie no wɔ n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so mmienu. 3 Fapem a Solomon to maa nokorɛ Nyankopɔn no fie no, sɛdeɛ na wɔsusu nneɛma kane no,* ne tenten yɛ basafa 60, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20.+ 4 Abantenten a ɛwɔ asɔredan no anim no, ne tenten ne asɔredan no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ; ɛyɛ basafa 20,* na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa 20;* ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa emu nyinaa.+ 5 Ɔde papao nnua sam asɔredan no mu na ɔde sika pa faa nnua no ho;+ afei nso ɔyɛɛ mmɛdua+ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mfoni wɔ so.*+ 6 Bio nso, ɔhyehyɛɛ aboɔden aboɔ wɔ asɔredan no mu fɛfɛɛfɛ;+ sika kɔkɔɔ+ a ɔde yɛɛ adwuma no firi Parwaim. 7 Ɔde sika kɔkɔɔ faa efie no, ne mpuna, n’aboboano, n’afasuo, ne n’apono ho,+ na ɔyeyɛɛ kerubim mfoni* wɔ afasuo no ho.+
8 Ɔyɛɛ Kronkron Mu Kronkronbea dan* no+ nso; ne tenten ne asɔredan no tɛtrɛtɛ nyinaa yɛ basafa 20, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20. Ɔde sika pa a ne dodoɔ si dwetikɛseɛ* 600 na ɛfaa mu.+ 9 Sika kɔkɔɔ a ɔde yɛɛ nnadewa no mu duro yɛ nnwetɛbena* 50; ɔde sika kɔkɔɔ faa aborosan so adan no nso mu.
10 Ɛnna ɔsenee kerubim mmienu sisii Kronkron Mu Kronkronbea dan* no mu, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho.+ 11 Kerubim no,+ yɛka wɔn ntaban nyinaa bom a, ne tenten yɛ basafa 20; ntaban no baako tenten yɛ basafa nnum, na ɛka ɛdan no fasuo; ntaban no baako nso tenten yɛ basafa nnum, na ɛka kerubim baako no ntaban. 12 Kerubim baako no nso ntaban baako tenten yɛ basafa nnum, na ɛka ɛdan no fasuo a ɛwɔ nohoa no; ntaban no baako nso tenten yɛ basafa nnum, na ɛka kerubim baako no ntaban. 13 Kerubim mmienu no ntaban a wɔatrɛtrɛ mu no tenten yɛ basafa 20; wɔgyinagyina wɔn nan so, na wɔn anim kyerɛ ɛdan no mu.*
14 Afei nso, ɔde ahoma bruu ne ntoma a ɛbere dum ne ntoma kɔkɔɔ ne nwera pa+ yɛɛ ntwamutam,+ na ɔnwenee kerubim totoo mu.
15 Afei ɔyɛɛ adum mmienu+ wɔ asɔredan no anim; ne tenten yɛ basafa 35, na ntaasoɔ a ɛwɔ adum no biara so no yɛ basafa nnum.+ 16 Ɛnna ɔyeyɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛte sɛ kɔnmuadeɛ de totoo adum no so, na ɔyeyɛɛ biribi te sɛ granate akutuo* 100 de sensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn no so. 17 Ɔde adum no sisii asɔredan no anim; baako si nifa* na baako nso si benkum,* na ɔfrɛɛ nifa deɛ no Yakin,* na ɔfrɛɛ benkum deɛ no Boas.*
4 Afei ɔyɛɛ kɔbere afɔrebukyia no;+ ne tenten yɛ basafa 20, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa 10.
2 Ɔde dadeɛ yɛɛ ɛsɛn kɛseɛ a wɔde nsuo bɛgu mu a wɔfrɛ no Ɛpo no;+ ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa 10. Ɛsɛn no ano yɛ kurukuruwa, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa 5. Ahoma a ne tenten yɛ basafa 30 na ɛtumi twa ho hyia.+ 3 Ɛrekɔ aseɛ no, ɔyɛɛ biribi te sɛ aduaba agudeɛ nkuruwankuruwa+ bi wɔ Ɛpo no ho nyinaa hyiaeɛ; basafa baako biara, edu na ɛwom. Ebi wɔ soro na ebi wɔ fam. Wɔyɛɛ ɛno ne ɛsɛn no nyinaa boom. 4 Wɔde sii kɔbere anantwie 12 so;+ anantwie no 3 ani kyerɛ atifi fam, 3 ani kyerɛ atɔeɛ fam, 3 ani kyerɛ anaafoɔ fam, na 3 ani kyerɛ apueeɛ fam. Ná Ɛpo no si wɔn so, na wɔn nyinaa akyi kyerɛ Ɛpo no ase. 5 Ɛsɛn no pipiripie te sɛ nsayam;* ná ano te sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a apae. Ná ɛtumi fa nsuo* bat susuhina* 3,000.
6 Afei nso, ɔyɛɛ asɛn du a wɔde bɛhohoro nneɛma ho. Ɔde nnum sisii nifa so, na ɔde nnum nso sisii benkum so.+ Ná wɔde bɛhohoro nneɛma a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no ho.+ Ɛpo no deɛ, na asɔfoɔ no de bɛhohoro wɔn ho.+
7 Afei ɔyɛɛ sika kɔkɔɔ nkaneadua+ du sɛdeɛ ɔnyaa ho akwankyerɛ no,+ na ɔde sisii asɔredan no mu; nnum wɔ nifa so, na nnum nso wɔ benkum so.+
8 Bio nso, ɔyɛɛ apono du, na ɔde sisii asɔredan no mu; nnum wɔ nifa so, na nnum nso wɔ benkum so,+ na ɔyɛɛ sika nkyɛnsee 100.
9 Ɔyɛɛ asɔfoɔ no adihɔ+ ne adihɔ kɛseɛ+ no ne n’apono, na ɔde kɔbere faa apono no ho. 10 Ɔde Ɛpo no sii nifa so, ɛrekɔ apueeɛ fam.+
11 Hiram san yɛɛ adeɛ a wɔde sesa nsõ ne sofi ne nkyɛnsee no.+
Enti Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Solomon wɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie ho+ no: 12 Ɔyɛɛ adum mmienu+ ne ntaasoɔ nkuruwankuruwa a ɛsi adum mmienu no so, ne atena mmienu+ a ɛkata adum no ntaasoɔ nkuruwankuruwa mmienu no ho; 13 ɛne atena mmienu no ho granate akutuo* 400+ no, atena no biara ho granate akutuo no sa so mmienu, ebi wɔ soro na ebi wɔ fam, na ɛkataa adum no ntaasoɔ nkuruwankuruwa mmienu no ho;+ 14 ɛne trɔk du a wɔde twe nsuo ne asɛn du a ɛsisi trɔk no so;+ 15 ɛne Ɛpo no ne anantwie 12 a ɛsi wɔn so no;+ 16 ɛne deɛ wɔde sesa nsõ, sofi, adinam,+ ne ɛho nneɛma nyinaa. Weinom nyinaa Hiram-Abif+ yɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fie no ho; ɔde kɔbere a wɔatwi ho na ɛyɛeɛ. 17 Yordan mantam mu na ɔhene guu nneɛma yi; ɔguu wɔ dɔteɛ* mu wɔ Sukot+ ne Sereda ntam. 18 Solomon yɛɛ saa nneɛma yi pii, na wɔammu kɔbere no dodoɔ ano.+
19 Solomon yeyɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ nneɛma nyinaa:+ sika kɔkɔɔ afɔrebukyia,+ apono+ a wɔbɛhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ no+ wɔ so, 20 nkaneadua no ne ɛho sika kɔkɔɔ amapa+ nkanea a wɔbɛsɔ no pia mu pia no anim sɛdeɛ mmara no kyerɛ no; 21 ɛne nhwiren, nkanea, ne nneɛma a wɔde fa gya a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛeɛ, kyerɛ sɛ, sika kɔkɔɔ amapa; 22 ɛne adumgya, nkyɛnsee, nkuruwa, ne nkyɛnsee a wɔde gya gu mu a wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛeɛ; ɛne efie no ano kwan, Kronkron Mu Kronkronbea apono+ ne asɔredan no apono a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛeɛ no nyinaa.+
5 Solomon wiee Yehowa fie no ho adwuma a ɔyɛeɛ no nyinaa.+ Ɛnna Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baa mu;+ ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no nyinaa bɛguu nokorɛ Nyankopɔn no fie adekora adan no mu.+ 2 Saa berɛ no, Solomon boaboaa Israel mpanimfoɔ ano, mmusuakuo mu atitire, ne Israelfoɔ agyanom abusuafie mpanimfoɔ nyinaa. Wɔbaa Yerusalem sɛ wɔrebɛfa Yehowa apam adaka no afiri Dawid Kuro mu,+ kyerɛ sɛ, Sion.+ 3 Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa ɔhene anim wɔ afahyɛ* a wɔdi no bosome a ɛtɔ so nson mu+ no ase.
4 Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa bae, na Lewifoɔ no maa Adaka no so.+ 5 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ* no de Adaka no, ahyiaeɛ ntomadan no,+ ne nneɛma kronkron a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa baeɛ. 6 Saa berɛ no, na Ɔhene Solomon ne Israel asafo a ɔfrɛɛ wɔn bae no nyinaa abɔ dwa wɔ Adaka no anim. Wɔde nnwan ne anantwie bɔɔ afɔreɛ,+ na na mmoa no dɔɔso ara ma wɔantumi ankan wɔn ankyerɛ wɔn dodoɔ. 7 Afei asɔfoɔ no de Yehowa apam adaka no baa ne siberɛ, pia mu pia no mu, Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, na wɔde sii kerubim no ntaban ase.+ 8 Ná kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so. Enti kerubim no ntaban kataa Adaka no ne nnua a ɛhyehyɛ ho no so.+ 9 Ná ɛho nnua no woware, enti sɛ obi wɔ Kronkronbea hɔ wɔ pia mu pia no anim a, ɔhu nnua no ti, nanso sɛ ɔwɔ abɔnten a, ɔnhunu; ɛhɔ na ɛwɔ de bɛsi nnɛ. 10 Ná hwee nni Adaka no mu, gye abopono mmienu a Mose de guu mu wɔ Horeb no;+ ɔde guu mu berɛ a Israelfoɔ firi Egypt reba+ a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam no.+
11 Berɛ a asɔfoɔ no pue firii kronkronbea hɔ no (ná asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa adwira wɔn ho,+ ɛmfa ho kuo a wɔfiri mu),+ 12 Lewifoɔ nnwontofoɔ+ a wɔfiri Asaf,+ Heman,+ ne Yedutan mu+ ne wɔn mma ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera pa, na wɔmemaa nnawuro* ne asankuo ne asankuten so bɛgyinagyinaa afɔrebukyia no nifa so; ná asɔfoɔ 120 a wɔrehyɛn ntotorobɛnto ka wɔn ho.+ 13 Mmɛnhyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no de nne baako maa nnwom so de yii Yehowa ayɛ daa no ase; wɔbɔɔ abɛn, na wɔbobɔɔ nnawuro ne nnwontoɔ nneɛma foforɔ de daa Yehowa ase sɛ, “ɔyɛ na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”+ Ɛhɔ ara na mununkum bɛhyɛɛ efie no, Yehowa fie no ma.+ 14 Mununkum no nti, asɔfoɔ no antumi annyina hɔ ansom, ɛfiri sɛ Yehowa animuonyam hyɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ ma.+
6 Saa berɛ no, Solomon kaa sɛ: “Yehowa se mununkum kusuu mu na ɔbɛtena.+ 2 Ɛnnɛ masi tenabea a ɛkorɔn ama wo, na mayɛ baabi a wobɛtena daa.”+
3 Afei, berɛ a Israel asafo no nyinaa gyinagyina wɔn nan so no, ɔhene danee n’ani kaa nsɛm bi de hyiraa Israel asafo no nyinaa.+ 4 Ɔkaa sɛ: “Ayeyie nka Israel Nyankopɔn Yehowa a ɔbuee n’ano hyɛɛ me papa Dawid bɔ, na ɔnam ne nsa so ama no aba mu no; asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, 5 ‘Ɛfiri da a meyii me man firii Egypt asaase so de bɛsi nnɛ da yi, menyii Israel mmusuakuo no kuro bi sɛ wɔnsi fie mma me din ntena hɔ,+ na menyii onipa bi nso sɛ ɔnni me man Israel anim. 6 Nanso mayi Yerusalem+ sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.’+ 7 Ná ɛda me papa Dawid akoma so sɛ ɔbɛsi fie ama Israel Nyankopɔn Yehowa din.+ 8 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ me papa Dawid sɛ, ‘Ɛyɛ w’akoma so adeɛ sɛ wobɛsi fie de me din ato so; woayɛ adeɛ sɛ ɛda w’akoma so. 9 Mmom ɛnyɛ wo na wobɛsi fie no; wo ba a wobɛwo no* na ɔbɛsi fie no de me din ato so.’+ 10 Yehowa ama ne bɔhyɛ aba mu, ɛfiri sɛ madi me papa Dawid adeɛ, na matena Israel ahennwa so+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ bɔ no.+ Afei nso, masi fie de Israel Nyankopɔn Yehowa din ato so, 11 na mede Adaka no asi hɔ; emu na apam a Yehowa ne Israelfoɔ yɛeɛ no wɔ.”+
12 Afei ɔkɔgyinaa Yehowa afɔrebukyia no anim wɔ Israel asafo no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam.+ 13 (Ná Solomon ayɛ kɔbere bamma bi de asi fie no adihɔ mfimfini.+ Ne tenten yɛ basafa* nnum, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa mmiɛnsa; ɔkɔgyinaa so.) Afei ɔbuu nkotodwe wɔ Israel asafo no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kyerɛɛ soro.+ 14 Ɛnna ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni ɔsoro ne asaase so a ɔte sɛ wo; wo na wokora apam so, na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa som wo no.+ 15 Wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid bɔ, na woama no aba mu.+ Wo ara na wobuee w’ano hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ da yi wonam wo nsa so ama no aba mu.+ 16 Enti afei, Yehowa, Israel Nyankopɔn, ɛbɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no, ma no mmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yie na wɔdi me mmara so sɛdeɛ woadi me mmara so yi a, ɛnneɛ daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahennwa so wɔ m’anim.’+ 17 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, ma ɛbɔ a wohyɛɛ w’akoa Dawid no mmra mu.
18 “Enti Onyankopɔn bɛtumi ne adasamma atena asaase so?+ Hwɛ! Ɔsoro ne ɔsoro mu soro mpo sua ma wo,+ na kampɛsɛ efie a masi yi!+ 19 Nanso, O Yehowa me Nyankopɔn, dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na tie w’akoa sufrɛ ne mpaeɛ a merebɔ wɔ w’anim yi. 20 Bue w’ani hwɛ fie yi awia ne anadwo, faako a wokaa sɛ wobɛma wo din atena no,+ na tie mpaeɛ a w’akoa de n’ani kyerɛ ha bɔ no. 21 Sɛ w’akoa ne wo man Israel de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ a, tie yɛn nkotosrɛ;+ sɛ ɛduru w’asom wɔ wo tenabea a ɛwɔ soro no a, tie yɛn.+ Tie, na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn.+
22 “Sɛ onipa bi yɛ ne yɔnko bɔne, na ne yɔnko no ma no ka ntam* na ntam* no de asodie to ne so, na sɛ ɔba w’afɔrebukyia no anim wɔ fie yi mu berɛ a waka ntam*+ no a, 23 ɛnneɛ firi soro hɔ tie, na yɛ biribi fa bu wo nkoa no ntam atɛn; tua ɔbɔnefoɔ no ka ma deɛ ɔyɛeɛ no mmɛgu ne tiri so,+ na bu ɔteneneeni no bem* na dom no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.+
24 “Sɛ ɛba sɛ wo man Israel kɔ so yɛ wo bɔne, ma enti wɔdi nkoguo wɔ atamfo anim,+ na sɛ wɔsan ba bɛhyɛ wo din animuonyam,+ na wɔbɔ mpaeɛ+ de wɔn nkotosrɛ ba w’anim wɔ fie yi mu+ a, 25 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro hɔ tie,+ na fa wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na san fa wɔn bra asaase a wode maa wɔne wɔn agyanom no so.+
26 “Sɛ bɔne a wɔkɔ so yɛ wo nti,+ ɔsoro mu to na nsuo antɔ,+ na brɛ a woabrɛ wɔn ase* nti, wɔsan firi wɔn bɔne ho de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ na wɔkamfo wo din a,+ 27 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro hɔ tie, na fa wo nkoa, wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na wo na wobɛkyerɛkyerɛ wɔn kwampa a wɔmfa so.+ Ma nsuo ntɔ+ w’asaase a wode ama wo man sɛ wɔn agyapadeɛ no so.
28 “Sɛ ɛkɔm na ɛbɛba asaase no so+ oo, sɛ nsanyareɛ a ɛdi awuo na ɛbɛba+ oo, sɛ ɛhyew na ɛbɛma nnɔbaeɛ awuwu oo, sɛ yareɛ na ɛbɛsi wɔn mfuo so+ oo, sɛ ntutummɛ anaa mmɛbɛ na ɛbɛba+ oo, sɛ wɔn atamfo na wɔbɛto ahyɛ wɔn nkuro* no biara so+ oo, ɔhaw anaa yareɛ biara a ɛbɛba wɔn so no,+ 29 mpaebɔ+ anaa nkotosrɛ biara+ a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa de bɛba w’anim no, (ɛfiri sɛ obiara nim ne haw ne ne yea)+ sɛ wɔtrɛ wɔn nsam kyerɛ fie yi+ a, 30 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,+ na ma onipa biara akatua sɛdeɛ n’akwan teɛ, ɛfiri sɛ wo na wonim n’akomam (wo nko ara na wonim deɛ ɛwɔ ɔdasani akomam);+ 31 ɛno bɛma wɔasuro wo na wɔanante w’akwan so, nna dodoɔ a wɔbɛdi no asaase a wode maa yɛn agyanom no so.
32 “Afei ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu mpo, sɛ wo din kɛseɛ+ ne wo nsa a ɛyɛ den ne wo basa a woatene mu nti ɔfiri akyirikyiri asaase so ba, na ɔde n’ani kyerɛ fie yi bɔ mpaeɛ+ a, 33 ɛnneɛ firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie na yɛ ɔhɔhoɔ no abisadeɛ a ɔde ato w’anim nyinaa ma no, na ama asaase so aman nyinaa ahu wo din+ na wɔasuro wo sɛdeɛ wo man Israel suro wo no, na wɔahu sɛ wo din da efie a masi yi so.
34 “Sɛ wo man ne wɔn atamfo kɔko a, ɛmfa ho baabi a wobɛma wɔn akɔ no,+ sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ kuro a woayi yi ne efie a masi ama wo din+ yi bɔ wo mpaeɛ+ a, 35 ɛnneɛ, firi ɔsoro hɔ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ na di wɔn asɛm ma wɔn.+
36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo (bɔne nso deɛ, onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bi),+ na sɛ wo bo fu wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no kye wɔn kɔ asaase a ɛwɔ akyirikyiri anaa deɛ ɛbɛn so,+ 37 na sɛ wɔn ani ba wɔn ho so wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so, na wɔsan ba wo nkyɛn bɛkoto srɛ wo wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne, yɛafom, na yɛadi amumuyɛsɛm,’+ 38 na sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa san ba wo nkyɛn+ wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so,+ na sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ asaase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayi+ ne efie a masi ama wo din no bɔ mpaeɛ a, 39 ɛnneɛ firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ, na di wɔn asɛm ma wɔn;+ wo man a wɔayɛ wo bɔne no, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.
40 “Afei me Nyankopɔn, mesrɛ wo bue w’ani hwɛ, na yɛ aso tie mpaeɛ a yɛbɔ wɔ fie ha*+ no. 41 O Yehowa Nyankopɔn, afei kɔ wo homebea,+ wo ne w’ahoɔden Adaka no. Yehowa Nyankopɔn, fa nkwagyeɛ fira w’asɔfoɔ, na ma w’anokwafoɔ nni ahurisie wo papayɛ mu.+ 42 O Yehowa Nyankopɔn, nto deɛ woasra no no ntwene.*+ Kae ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a wohyɛɛ bɔ sɛ wobɛda no adi akyerɛ w’akoa Dawid+ no nyinaa.”
7 Berɛ a Solomon wiee ne mpaebɔ no ara pɛ,+ egya firi soro+ bɛhyee ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔrebɔdeɛ no nyinaa, na Yehowa animuonyam hyɛɛ fie no ma.+ 2 Yehowa animuonyam a ɛhyɛɛ Yehowa fie no ma nti, asɔfoɔ no antumi anwura Yehowa fie no mu.+ 3 Berɛ a egya no firi soro baeɛ, na Yehowa animuonyam baa efie no so no, Israel mma nyinaa hunuiɛ, na wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuu fam ɛkwan a aboɔ sam so no so, na wɔdaa Yehowa ase sɛ, “ɔyɛ na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”
4 Afei ɔhene ne ɔman no nyinaa bɔɔ afɔreɛ wɔ Yehowa anim.+ 5 Ɔhene Solomon de anantwie 22,000 ne nnwan 120,000 na ɛbɔɔ afɔreɛ no. Enti ɔhene ne ɔman no nyinaa buee nokorɛ Nyankopɔn fie no ano.+ 6 Ná asɔfoɔ no gyinagyina wɔn gyinabea reyɛ wɔn nnwuma, na Lewifoɔ no nso kurakura nnwontoɔ nneɛma a wɔbɔ di nnwontofoɔ a wɔyi Yehowa ayɛ no akyi.+ (Ɔhene Dawid yɛɛ nnwontoɔ nneɛma no sɛ berɛ biara a ɔne wɔn* bɛyi Onyankopɔn ayɛ no, wɔmfa nna Yehowa ase sɛ, “ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”) Asɔfoɔ no nso gyinagyinaa wɔn anim hyɛn ntotorobɛnto dendeenden;+ saa berɛ no, na Israelfoɔ no nyinaa gyinagyina hɔ.
7 Ɛnna Solomon yɛɛ Yehowa fie anim adihɔ no mfimfini hɔ kronkron, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no,+ na asomdwoeɛ afɔreɛ ho sradeɛ no nso, ɛhɔ na na ɔbɛhye no; deɛ enti a Solomon yɛɛ saa ne sɛ, kɔbere afɔrebukyia+ a ɔyɛeɛ no, na ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ+ ne sradeɛ a wɔrebɛhye no nyinaa+ renkɔ so. 8 Saa berɛ no, Solomon dii afahyɛ no nnanson,+ ɔne Israel nyinaa; ná wɔyɛ badwa kɛseɛ a wɔfiri Lebo-Hamat* hyeɛ so kɔsi Egypt Subɔn ano.+ 9 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe* no, wɔyɛɛ nhyiamu titire.+ Deɛ ɛteɛ ne sɛ, wɔde nnanson na ɛhyiraa afɔrebukyia no so, ɛnna wɔdii afahyɛ no nso nnanson. 10 Afei bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so 23 no, ɔgyaa ɔman no kwan maa obiara kɔɔ ne fie, na nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama Dawid ne Solomon ne ne man Israel nti,+ wɔde anigyeɛ ne akomatɔyam na ɛkɔeɛ.+
11 Yehowa fie ne ahemfie* no, Solomon wiee ɛho adwuma nyinaa;+ biribiara a ɛbaa Solomon akomam sɛ ɔbɛyɛ wɔ Yehowa fie ne ɔno ara ne fie ho no, ɔtumi yɛɛ ne nyinaa.+ 12 Ɛnna Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon+ anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ no, na mayi ha sɛ ɛnyɛ afɔrebɔ fie mma me.+ 13 Sɛ meto ɔsoro mu na nsuo antɔ, na sɛ mema mmɛbɛ bɛwe asaase no so nnɔbaeɛ, na mema nsanyareɛ a ɛdi awuo ba me man so, 14 na sɛ me man a me din da wɔn so no+ brɛ wɔn ho ase+ na wɔbɔ mpaeɛ hwehwɛ m’akyiri akwan, na wɔtwe wɔn ho firi wɔn akwammɔne ho+ a, ɛnneɛ me nso mɛfiri ɔsoro atie na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, na masa wɔn asaase yareɛ.+ 15 Mɛbue m’ani ama mpaeɛ a wɔbɛbɔ wɔ ha no na mayɛ aso atie.+ 16 Afei mayi fie yi ayɛ no kronkron sɛ me din ntena ha afebɔɔ,+ na mɛma m’ani aku ho na mahwɛ so daa.+
17 “Na wo, sɛ wosom me sɛdeɛ wo papa Dawid som me no, na woyɛ deɛ maka akyerɛ wo nyinaa, na wodi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so a,+ 18 ɛnneɛ me nso, mɛma w’ahennwa atim,+ sɛdeɛ me ne wo papa Dawid yɛɛ apam no.+ Meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahennwa so.’+ 19 Nanso, sɛ motwe mo ho, na mogyaa m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm a mede ama mo no, na mokɔsom anyame foforɔ na mokoto wɔn a,+ 20 ɛnneɛ asaase a mede ama Israel no, mɛtutu wɔn ase afiri so,+ na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene, na wɔde aka asɛm asere* adi ho fɛ wɔ aman nyinaa mu.+ 21 Na efie yi bɛdane amamfo, na obiara a ɔbɛtwam no bɛhunu ama ne ho adwiri no,+ na waka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne efie yi sei?’+ 22 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagya Yehowa,+ wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Egypt asaase so+ no ntira; wɔagya no hɔ akɔdi anyame foforɔ akyi, na wɔakoto asɔre wɔn.+ Ɛno nti na ɔde amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+
8 Berɛ a Solomon de mfeɛ 20 sii Yehowa fie ne ɔno ara ne fie* wieeɛ no,+ 2 Solomon san kyekyeree nkuro a Hiram+ de maa no no, na Solomon maa Israelfoɔ* kɔtenatenaa hɔ. 3 Afei Solomon kɔɔ Hamat-Soba kɔko faeɛ. 4 Tadmor a ɛwɔ serɛ so ne adekora nkuro+ a ɔkyekyeree wɔ Hamat+ no nyinaa nso, ɔsiesie maa no yɛɛ den.* 5 Afei nso, ɔsiesiee Atifi Bet-Horon+ ne Anaafoɔ Bet-Horon+ maa no yɛɛ den; ɔmaa no afasuo, apono, ne mmeamu; 6 na Baalat,+ Solomon adekora nkuro nyinaa, nteaseɛnam nkuro nyinaa,+ nkuro a ɔkyekyere maa ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so, ne ɛdan biara a Solomon pɛɛ sɛ ɔsi wɔ Yerusalem, Lebanon, ne nsaase a ɔdi so nyinaa nso, ɔyɛɛ ho adwuma.
7 Nnipa a aka a wɔfiri Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ mu a wɔnyɛ Israelfoɔ no,+ 8 wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfoɔ ansɛe wɔn no,+ Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ saa de abɛsi nnɛ.+ 9 Israelfoɔ deɛ, Solomon amfa obiara anyɛ akoa amma no anyɛ adwuma amma no;+ mmom na wɔyɛ n’asraafoɔ, ne mpanimfoɔ so akunini, ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so.+ 10 Ná Ɔhene Solomon wɔ mpanimfoɔ so akunini 250; wɔn na wɔhwɛɛ adwumayɛfoɔ no so.+
11 Afei Solomon yii Farao babaa+ no firii Dawid Kuro mu de no kɔɔ efie a wasi ama no no+ mu, na ɔkaa sɛ: “Ɔyɛ me yere, nanso ɔrentumi ntena Israel hene Dawid fie, ɛfiri sɛ faako a Yehowa Adaka aba no yɛ kronkron.”+
12 Ɛnna Solomon bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ maa Yehowa wɔ Yehowa afɔrebukyia+ a ɔsii no abantenten no anim no so.+ 13 Daa, na ɔbɔ afɔreɛ wɔ so sɛdeɛ Mose kaa sɛ wɔmmɔ no Homeda biara,+ ne bosome foforɔ biara,+ ne afahyɛ a wɔdi no mprɛnsa afe biara no,+ kyerɛ sɛ, Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ,+ Nnawɔtwe Afahyɛ,+ ne Apata* Afahyɛ no.+ 14 Bio nso, sɛdeɛ ne papa Dawid hyehyɛ too hɔ no, ɔde asɔfoɔ no sisii wɔn nnwuma so+ sɛdeɛ wɔn akuo teɛ. Lewifoɔ no nso, ɔde wɔn sisii wɔn nnwuma so sɛ wɔnyi Onyankopɔn ayɛ+ na wɔnsom wɔ asɔfoɔ no anim sɛdeɛ ɛhia sɛ wɔyɛ daa no. Apono ano ahwɛfoɔ no nso, na wɔwɛn apono ano sɛdeɛ wɔn akuo teɛ.+ Wei na nokorɛ Nyankopɔn nipa Dawid kaa sɛ wɔnyɛ. 15 Ahyɛdeɛ a ɔhene de maa asɔfoɔ ne Lewifoɔ wɔ adeɛ biara anaa adekora adan ho no, wɔammane amfiri ho. 16 Solomon nnwuma no, wɔtotoo ɛho biribiara pɛpɛɛpɛ,* ɛfiri da a wɔtoo Yehowa fie no fapem+ kɔsi da a wɔwieeɛ no. Enti Yehowa fie no ho adwuma nyinaa baa awieeɛ.+
17 Ɛnna Solomon kɔɔ Esion-Geber+ ne Elot+ a ɛda mpoano wɔ Edom asaase so.+ 18 Hiram+ maa ne nkoa de po so ahyɛn ne nnipa a wɔnim po so adwuma brɛɛ no. Wɔne Solomon nkoa kɔɔ Ofir,+ na wɔgyee sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ* 450+ brɛɛ Ɔhene Solomon.+
9 Afei Saba hemmaa+ tee Solomon ho asɛm, na ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛmmisa a ɛkyere adwene* rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔreba no, ɔde dɔm kɛseɛ* ne yoma a wɔsoso balsam ngo ne sika kɔkɔɔ pii+ ne aboɔden aboɔ baeɛ. Ɔbaa Solomon nkyɛn, na ɔde biribiara a ɛda n’akoma so too ɔhene anim.+ 2 Ɛnna Solomon nso buaa ne nsɛm no nyinaa; biribiara nni hɔ a ɛkyeree Solomon so a wantumi ankyerɛ mu.
3 Berɛ a Saba hemmaa huu Solomon nyansa,+ efie a wasi,+ 4 nnuane a ɛwɔ ne pono so,+ sɛdeɛ n’ahemfie mpanimfoɔ tete ne nkyɛn, n’asomfoɔ a wɔsom wɔ pono ho ne wɔn ntaadeɛ, nsahyɛfoɔ ne wɔn ntaadeɛ, ne ɔhyeɛ afɔreɛ a daa ɔbɔ no Yehowa fie no,+ ɔhemmaa no ho dwirii no papaapa.* 5 Enti ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo nyansa ne deɛ woayɛ ho nsɛm* a metee no m’asaase so nyinaa yɛ nokorɛ. 6 Mannye wɔn nsɛm no anni kɔsii sɛ me ara mede m’ani bɛhunuiɛ;+ deɛ wɔka kyerɛɛ me no, anokwa, ɛnnuru wo nyansa bebrebe no fã mpo!+ Deɛ mabɛhunu yi boro deɛ meteeɛ no so koraa.+ 7 Anigyeɛ ne wo nkurɔfoɔ, na anigyeɛ ne wo nkoa a wɔgyina w’anim daa tie wo nyansa no! 8 Ayeyie nka Yehowa wo Nyankopɔn; ɔno na ayɛ no fɛ sɛ ɔde wo bɛtena n’adwa so ayɛ wo ɔhene ama Yehowa wo Nyankopɔn. Wo Nyankopɔn dɔ Israel,+ na ɔpɛ sɛ ɔman no gyina daa nti na ɔde wo asi wɔn so hene sɛ hwɛ ma atɛntenenee ne tenenee nkɔ so.”
9 Ɛnna ɔmaa ɔhene sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ* 120,+ balsam ngo pii, ne aboɔden aboɔ. Balsam ngo a Saba hemmaa de maa Ɔhene Solomon no, obiara amfa bi amma saa bio.+
10 Ɛno da nkyɛn a, Hiram nkoa ne Solomon nkoa a na wɔde sika kɔkɔɔ firi Ofir ba no,+ na wɔde algum nnua ne aboɔden aboɔ nso ba.+ 11 Ɔhene de algum nnua yɛɛ stɛps wɔ Yehowa fie+ ne ahemfie* hɔ,+ na ɔde bi nso yɛɛ asankuo ne asankuten maa nnwontofoɔ no;+ ná wɔnhunuu ɛso bi da wɔ Yuda asaase so.
12 Ɔhene Solomon nso de deɛ Saba hemmaa pɛ ne deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no, na ɛboroo deɛ ɔhemmaa no de brɛɛ ɔhene no so.* Afei ɔhemmaa no san n’akyi kɔɔ n’asaase so, ɔne ne nkoa.+
13 Afe biara, sika kɔkɔɔ a na Solomon nya no, emu duro yɛ dwetikɛseɛ 666;+ 14 ɛsono deɛ na akwantufoɔ ne adwadifoɔ no de ba, ne sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a Arabia ahemfo nyinaa ne asaase no so amradofoɔ de brɛ Solomon.+
15 Ɔhene Solomon de sika kɔkɔɔ a wɔde dadeɛ afra yɛɛ akyɛm akɛseɛ 200+ (ɔde sika kɔkɔɔ a wɔde dadeɛ afra a emu duro yɛ nnwetɛbena* 600 guu akyɛm no biara ho),+ 16 na ɔde sika kɔkɔɔ a wɔde dadeɛ afra yɛɛ akyɛm nketewa* 300 (ɔde sika kɔkɔɔ mmɛnnaa* mmiɛnsa guu saa akyɛm no biara ho). Afei ɔhene de guu Lebanon Kwaeɛfie+ hɔ.
17 Ɔhene yɛɛ asonse* ahennwa kɛseɛ bi nso, na ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa.+ 18 Stɛps a ɛtoatoa so nsia na na wɔforo kɔ ahennwa no anim; wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nan ntiasoɔ bɔɔ ahennwa no anim. Ná ahennwa no wɔ nsa wɔ ha ne ha, na na wɔayɛ agyata mmienu+ gyinagyina nsa no ho. 19 Agyata 12+ gyinagyina stɛps a ɛtoatoa so nsia no so; stɛps biara, mmienu na ɛgyina so. Baako wɔ ano ha, ɛnna baako nso wɔ ano ha. Ná wɔnyɛɛ bi saa da wɔ ahennie biara mu. 20 Deɛ Ɔhene Solomon nom mu nyinaa, wɔde sika kɔkɔɔ na ɛyɛeɛ, na Lebanon Kwaeɛfie hɔ nneɛma nyinaa, wɔde sika kɔkɔɔ amapa na ɛyɛeɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ emu biara, ɛfiri sɛ na dwetɛ nka hwee wɔ Solomon berɛ so.+ 21 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na ɔhene wɔ ahyɛn a Hiram nkoa+ de kɔ Tarsis.+ Mfeɛ mmiɛnsa biara, na Tarsis ahyɛn no de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, asonse,+ nkontromfi, ne piikɔk* ba.
22 Enti sɛ yɛreka ahonyadeɛ ne nyansa a, na asaase so hene biara nto Ɔhene Solomon.+ 23 Asaase so ahemfo nyinaa baa Solomon anim bɛtiee nyansa a nokorɛ Nyankopɔn no de ahyɛ n’akomam no.+ 24 Afe biara, na nkurɔfoɔ de akyɛdeɛ brɛ no: dwetɛ ne sika kɔkɔɔ nneɛma, ntaadeɛ,+ akodeɛ, balsam ngo, apɔnkɔ, ne mfunumupɔnkɔ. 25 Ná Solomon wɔ apɔnkɔdan 4,000 a ɔde n’apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam gu mu, ne apɔnkɔ* 12,000.+ Ɔde kɔɔ nteaseɛnam nkuro mu, na na ɛhɔ bɛn ɔhene wɔ Yerusalem.+ 26 Ɔdii ahemfo nyinaa so, ɛfiri Asubɔnten no* ho kɔsi Filistifoɔ asaase so ne Egypt hyeɛ so.+ 27 Ɔhene maa dwetɛ dɔɔso wɔ Yerusalem sɛ aboɔ, na ɔmaa sida nnua dɔɔso sɛ sikamɔɔ nnua a ɛwɔ Sefela.+ 28 Nkurɔfoɔ de apɔnkɔ firii Egypt+ ne nsaase a aka no nyinaa so brɛɛ Solomon.
29 Solomon ho nsɛm a aka,+ ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ odiyifoɔ Natan+ ne Siloni Ahiya+ nkɔmhyɛ nsɛm mu. Afei nso, ɛwɔ ɔdehunufoɔ Ido twerɛtohɔ+ a ɛfa Nebat ba Yeroboam+ anisoadehunu ho no mu. 30 Solomon dii Israel nyinaa so hene mfeɛ 40 wɔ Yerusalem. 31 Afei Solomon ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ ne papa Dawid Kuro mu,+ na ne ba Rehoboam bɛdii n’adeɛ.+
10 Rehoboam kɔɔ Sekem.+ Ná Israelfoɔ nyinaa aba Sekem sɛ wɔrebɛsi no hene.+ 2 Berɛ a Nebat ba Yeroboam+ tee deɛ asi no ara pɛ, Yeroboam firii Egypt san bae. (Saa berɛ no, Ɔhene Solomon nti, na wadwane kɔ Egypt.)+ 3 Enti wɔsoma kɔfrɛɛ no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa baa Rehoboam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: 4 “Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru.+ Sɛ woma adwuma denden a wo papa maa yɛyɛeɛ ne kɔndua duruduro a ɔde too yɛn so no mu yɛ hare a, yɛbɛsom wo.”
5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, na ɛdi nnansa a, monsan mmra.” Enti nkurɔfoɔ no firii n’anim kɔeɛ.+ 6 Afei Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a ne papa Solomon te ase no na wɔsom no no kɔtuu agyina sɛ: “Afotuo bɛn na mowɔ ma me na menhunu deɛ mɛka akyerɛ nkurɔfoɔ no?” 7 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo ne nkurɔfoɔ yi di no yie yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn, na woka asɛmpa kyerɛ wɔn a, ɛnneɛ wɔbɛsom wo daa.”
8 Nanso wamfa mpanimfoɔ no afotuo no; mmom ɔne mmeranteɛ a ɔne wɔn sii so a na wɔabɛyɛ n’asomfoɔ no kɔtuu agyina.+ 9 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Afotuo bɛn na mowɔ ma me na yɛahunu deɛ yɛbɛka akyerɛ nkurɔfoɔ no? Asɛm a wɔde baeɛ ne sɛ, ‘Ma kɔndua duruduro a wo papa de too yɛn so no mu nyɛ hare.’” 10 Ɛnna mmeranteɛ a ɔne wɔn sii so no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkurɔfoɔ a wɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo deɛ, ma emu nyɛ hare mma yɛn’ no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me nsateaa ketewa mpo bɛyɛ kɛseɛ asene me papa sisi. 11 Me papa de kɔndua a emu yɛ duru soaa mo, na me deɛ, mɛma emu ayɛ duru asene saa. Me papa de abaa* na ɛhwee mo, na me deɛ, mede abaa a nkasɛɛ wɔ ho na ɛbɛhwe mo.’”
12 Sɛdeɛ Rehoboam kaa sɛ, “Monkɔ, na ɛdi nnansa a monsan mmra” no, Yeroboam ne nkurɔfoɔ no nyinaa baa ɔhene nkyɛn ne nnansa so.+ 13 Nanso ɔhene ne wɔn ankasa abodwoɔ so. Ɔhene Rehoboam amfa mpanimfoɔ no afotuo. 14 Sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no fo no, saa ara na ɔne ɔman no kasaeɛ. Ɔkaa sɛ: “Mo kɔndua no, mede bi bɛka ho ama emu ayɛ duru asene kane no. Me papa de abaa na ɛhwee mo, na me deɛ, mede abaa a nkasɛɛ wɔ ho na ɛbɛhwe mo.” 15 Enti ɔhene antie nkurɔfoɔ no; nokorɛ Nyankopɔn no na ɔmaa no baa saa,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asɛm a Yehowa nam Siloni Ahiya+ so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no bɛba mu.
16 Ɛsiane sɛ ɔhene no antie Israel nti, wɔn nyinaa ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Ɛdeɛn na yɛne Dawid wɔ yɛ? Yɛrennya hwee mpo mfiri ne hɔ. Ma Yese ba no mfa n’agyapadeɛ. Israelfoɔ ee, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn! Afei Dawid, wo ara hwɛ wo fie.”+ Ɛnna Israelfoɔ nyinaa kɔɔ wɔn afie.*+
17 Nanso Israelfoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam kɔɔ so dii wɔn so.+
18 Ɛno akyi no, Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram+ a ɔhwɛ apaafoɔ so no, nanso Israelfoɔ sii no aboɔ kum no. Ɔhene Rehoboam deɛ, ɔtumi foro kɔtenaa ne teaseɛnam mu dwane kɔɔ Yerusalem.+ 19 Atua a Israelfoɔ tee no Dawid fie so no, atoa so abɛsi nnɛ.
11 Berɛ a Rehoboam bɛduruu Yerusalem no, ntɛm ara na ɔboaboaa Yuda ne Benyamin fie+ akatakyie a wɔnim ko* ano sɛ wɔne Israel rekɔko na wɔasan adane ahennie no ama Rehoboam; ná wɔyɛ akatakyie 180,000.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa Semaia+ sɛ: 3 “Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam a ɔyɛ Yuda hene no ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ, 4 ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Monhwɛ na mo ne mo nuanom ankɔko. Obiara nsan nkɔ ne fie, na me na mama no aba saa.”’”+ Enti wɔtiee Yehowa asɛm, na wɔne Yeroboam ankɔko.
5 Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den wɔ Yuda. 6 Nkuro a ɔsiesie maa no yɛɛ den no nie: Betlehem,+ Etam, Tekoa,+ 7 Bet-Sur, Soko,+ Adulam,+ 8 Gat,+ Maresa, Sif,+ 9 Adoraim, Lakis,+ Aseka,+ 10 Sora, Ayalon,+ ne Hebron;+ ne nyinaa yɛ nkuro a wɔabɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin nsaase so. 11 Afei nso, ɔsiesiee nkuro no maa no yɛɛ den, na ɔde asahene kɔɔ hɔ, na ɔmaa wɔn aduane, ngo ne nsã* wɔ hɔ, 12 na ɔde akyɛm akɛseɛ ne mpea guu nkuro a aka no nyinaa nso mu; ɔmaa nkuro no yɛɛ den paa. Yuda ne Benyamin deɛ, na ɔda so di wɔn so.
13 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa firii wɔn nkuro mu baa n’afã. 14 Lewifoɔ no gyaa wɔn nsaase a mmoa didi so ne wɔn agyapadeɛ,+ na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ na Yeroboam ne ne mma apamo wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ Yehowa asɔfoɔ bio.+ 15 Afei Yeroboam yii ɔno ara n’asɔfoɔ maa sorɔnsorɔmmea*+ no ne abosom a wɔte sɛ mpɔnkye*+ ne nantwie mma ahoni a wayɛ no.+ 16 Na wɔn a wɔde wɔn akoma maa sɛ wɔbɛhwehwɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no firii Israel mmusuakuo nyinaa mu dii wɔn akyi baa Yerusalem sɛ wɔrebɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn.+ 17 Wɔgyinaa Solomon ba Rehoboam akyi mfeɛ mmiɛnsa, na wɔmaa Yuda ahennie yɛɛ den, ɛfiri sɛ wɔnantee Dawid ne Solomon kwan so mfeɛ mmiɛnsa.
18 Afei Rehoboam waree Mahalat; ná ɔyɛ Dawid ba Yerimot babaa. Ná Yerimot yere ne Mahalat maame Abihail. Yese ba Eliab+ na ɔwoo Abihail. 19 Berɛ bi akyi no, wɔwoo* Yeus, Semaria, ne Saham. 20 Ɛno akyi no, ɔwaree Absalom+ banana Maaka, na ɔne no woo Abia,+ Atai, Sisa, ne Selomit. 21 Rehoboam dɔɔ Absalom banana Maaka senee ne yerenom ne ne mpenafoɔ*+ a aka no nyinaa; ɔnyaa yerenom 18 ne mpenafoɔ 60, na ɔwoo mma mmarima 28 ne mma mmaa 60. 22 Enti Rehoboam yɛɛ Maaka ba Abia panin wɔ ne nuanom so sɛ ɔnni wɔn anim, ɛfiri sɛ na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛsi no hene. 23 Nanso ɔfaa nyansakwan so de ne mma no binom nso totoo Yuda ne Benyamin nsaase ne nkuro a wɔabɔ ho ban nyinaa+ ano, na ɔmaa wɔn nnuane pii, na ɔwarewaree yerenom bebree maa wɔn.
12 Berɛ a Rehoboam ahennie timiiɛ+ na ɔyɛɛ den no, ankyɛ na ɔgyaa Yehowa Mmara,+ na Israel nyinaa nso kɔdii n’akyi. 2 Ɛsiane sɛ wɔanni Yehowa nokorɛ nti, Ɔhene Rehoboam ahennie afe a ɛtɔ so nnum mu no, Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so. 3 Ɔde nteaseɛnam 1,200 ne asraafoɔ 60,000 a wɔtete apɔnkɔ so na ɛbaeɛ; asraafoɔ a wɔne no firii Egypt bae no deɛ, na wɔn dodoɔ nni ano—ebi yɛ Libiafoɔ, Sukiyimfoɔ, ne Etiopiafoɔ.+ 4 Ɔko faa Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban no, na ɔbae ara bɛduruu Yerusalem.
5 Odiyifoɔ Semaia+ baa Rehoboam ne Yuda mpanimfoɔ a Sisak nti wɔaboaboa wɔn ano wɔ Yerusalem no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Moagya me, enti me nso, magya mo+ ahyɛ Sisak nsa.’” 6 Ɛnna Israel mpanimfoɔ ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho ase,+ na wɔkaa sɛ: “Yehowa tene.” 7 Berɛ a Yehowa huu sɛ wɔabrɛ wɔn ho ase no, Yehowa ka kyerɛɛ Semaia sɛ: “Wɔabrɛ wɔn ho ase, enti merensɛe wɔn.+ Ɛrenkyɛ mɛgye wɔn, na meremfa Sisak so nhwie m’abufuo ngu Yerusalem so. 8 Nanso wɔbɛyɛ ne nkoa na wɔahunu nsonsonoeɛ a ɛwom sɛ wɔbɛsom me, ne sɛ wɔbɛsom nsaase no so ahemfo.”*
9 Enti Egypt hene Sisak baa Yerusalem so, na ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ+ ne ahemfie* hɔ akoradeɛ no. Ɔfaa biribiara; sika kɔkɔɔ akyɛm a Solomon yɛeɛ no nso ɔfaeɛ.+ 10 Ɛno nti Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii ananmu, na ɔde hyɛɛ ahemfie* pono ano awɛmfoɔ* no mpanimfoɔ nsa. 11 Berɛ biara a ɔhene bɛba Yehowa fie hɔ no, awɛmfoɔ no kɔfa kurakura de ba, na ɛno akyi no wɔsan de kɔ awɛmfoɔ dan no mu. 12 Ɛsiane sɛ ɔhene brɛɛ ne ho ase nti, Yehowa abufuo firii ne so,+ na wansɛe wɔn korakora.+ Afei nso, ɔhunuu adepa wɔ Yuda.+
13 Ɔhene Rehoboam maa ne tumi yɛɛ den wɔ Yerusalem, na ɔkɔɔ so dii adeɛ. Berɛ a Rehoboam bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 41, na ɔdii adeɛ mfeɛ 17 wɔ Yerusalem; ɛhɔ ne Israel mmusuakuo no nyinaa kuro a Yehowa yii sɛ ne din ntena. Ɔhene no maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+ 14 Nanso ɔhene no anyɛ adepa, ɛfiri sɛ wanyɛ n’adwene sɛ ɔde n’akoma nyinaa bɛhwehwɛ Yehowa.+
15 Rehoboam ho nsɛm nyinaa, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ odiyifoɔ Semaia+ ne ɔdehunufoɔ Ido+ twerɛtohɔ no mu. Na ntɔkwa ampa Rehoboam ne Yeroboam ntam da.+ 16 Rehoboam ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Dawid Kuro mu,+ na ne ba Abia+ bɛdii n’adeɛ.
13 Ɔhene Yeroboam ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no, Abia bɛdii Yuda so hene.+ 2 Ɔdii hene mfeɛ mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Mikaia,*+ na na ɔyɛ Gibeani+ Uriel babaa. Saa berɛ no, ntɔkwa bɛdaa Abia ne Yeroboam ntam.+
3 Abia de asraafoɔdɔm, akatakyie 400,000 a wɔnim ko* kɔɔ ɛko no.+ Na Yeroboam nso de mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔnim ko* 800,000 kɔhyiaa no. 4 Ɛnna Abia gyinaa Semaraim Bepɔ no atifi wɔ Efraim mmepɔ no mu, na ɔkaa sɛ: “Yeroboam, wo ne Israel nyinaa, montie me. 5 Enti monnim sɛ Israel Nyankopɔn Yehowa ne Dawid yɛɛ nkyene apam*+ sɛ ɔde Israel ahennie bɛma ɔno ne ne mma de akɔsi daa?+ 6 Nanso Nebat ba Yeroboam,+ Dawid ba Solomon akoa no sɔre tiaa ne wura.+ 7 Na akwasampafoɔ ahuhufoɔ boaboaa wɔn ho ano kɔdii n’akyi. Ɛsiane sɛ na Solomon ba Rehoboam yɛ abɔfra na ɔnni akokoɔduro nti, wɔyɛɛ den senee no, na Rehoboam antumi wɔn.
8 “Na afei mo nso ɛyɛ mo sɛ modɔɔso, na sika nantwie mma a Yeroboam de yɛɛ anyame maa mo no nso ka mo ho, enti mobɛtumi ako atia Yehowa ahennie a ɛwɔ Dawid mma nsam no.+ 9 Ɛnyɛ mo na moapamo Yehowa asɔfoɔ,+ Aaron mma no, ne Lewifoɔ no? Mo ara monsisii mo so asɔfoɔ sɛdeɛ amanaman no ayɛ no?+ Obiara de nantwie ba baako ne adwennini nson ba* a, na moayɛ no ɔsɔfoɔ ama anyamehunu. 10 Yɛn deɛ, Yehowa ne yɛn Nyankopɔn,+ na yɛnnyaa no. Yɛn asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron mma no reyɛ Yehowa som adwuma, na Lewifoɔ no nso reboa wɔn. 11 Wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ma Yehowa anɔpa ne anwummerɛ biara,+ na wɔhye aduhwam.+ Wɔde paanoo a wɔde taataa so no*+ gu sika kɔkɔɔ amapa apono no so; sika kɔkɔɔ nkaneadua+ no nso, wɔsɔ ɛho nkanea no anwummerɛ biara,+ ɛfiri sɛ yɛdi Yehowa yɛn Nyankopɔn ahyɛdeɛ so, na mo deɛ, moagya no. 12 Na hwɛ! Nokorɛ Nyankopɔn no di yɛn anim, ɔne n’asɔfoɔ ne ɛko ntotorobɛnto a wɔbɛhyɛn agu mo so no. Enti Israel mmarima, mo ne Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no nnko, ɛfiri sɛ ɛrensi mo yie.”+
13 Nanso Yeroboam maa nkurɔfoɔ faa wɔn akyi kɔtɛɛ wɔn, enti na wɔwɔ Yuda anim, na wɔn a wɔakɔtɛ no nso wɔ wɔn akyi. 14 Berɛ a Yudafoɔ danee wɔn ani no, wɔhuu sɛ ɛdɔm a wɔne wɔn rebɛko no wɔ wɔn anim ne wɔn akyi nyinaa. Enti wɔfirii aseɛ su frɛɛ Yehowa.+ Saa berɛ no nyinaa, na asɔfoɔ no nso rehyɛn ntotorobɛnto no dendeenden. 15 Yuda mmarima no teaam dendeenden. Berɛ a Yudafoɔ no teaam no, nokorɛ Nyankopɔn no maa Yeroboam ne Israelfoɔ nyinaa dii nkoguo wɔ Abia ne Yuda anim. 16 Israelfoɔ no dwane firii Yuda anim, na Onyankopɔn de wɔn hyɛɛ wɔn nsa. 17 Na Abia ne ne nkurɔfoɔ kunkum wɔn mu bebree; Israel mmarima a wɔnim ko* no mu 500,000 wuwuiɛ. 18 Enti wɔbrɛɛ Israel mmarima ase saa berɛ no; Yuda mmarima deɛ, wɔdii nkonim ɛfiri sɛ wɔde wɔn ho too wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa so.+ 19 Abia tuu n’ani sii Yeroboam so, na ɔgyee nkuro yi firii ne nsam: Betel+ ne ɛho nkuro, Yesana ne ɛho nkuro, Efrain+ ne ɛho nkuro. 20 Abia berɛ so no, Yeroboam annyina ne nan so bio. Na Yehowa bɔɔ no maa no wui.+
21 Abia deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den. Ɔwaree yerenom 14+ na ɔwoo mma mmarima 22 ne mma mmaa 16. 22 Abia ho nsɛm a aka, n’akwan ne nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ odiyifoɔ Ido twerɛtohɔ no+ mu.
14 Abia ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Dawid Kuro mu,+ na ne ba Asa bɛdii n’adeɛ. Ne berɛ so no, asomdwoeɛ baa asaase no so mfeɛ du.
2 Asa yɛɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ ne Nyankopɔn Yehowa ani so. 3 Ɔyiyii ananafoɔ afɔrebukyia+ ne sorɔnsorɔmmea* no firii hɔ, na ɔbubuu abosom adum+ twitwaa abosonnua* no guiɛ.+ 4 Afei ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnhwehwɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔnni ne Mmara ne n’ahyɛdeɛ so. 5 Enti ɔyiyii sorɔnsorɔmmea ne nneɛma a wɔde hye aduhwam+ no firii Yuda nkuro nyinaa mu, na asomdwoeɛ baa ahennie no mu wɔ ne berɛ so. 6 Ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den wɔ Yuda,+ ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ asaase no so. Obiara ne no ammɛdi ako saa mfeɛ no mu; Yehowa maa ne ho dwoo no.+ 7 Ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: “Momma yɛnkyekyere nkuro yi na yɛnto afasuo ne aban wɔ ho nhyia,+ na yɛnyɛ aponkɛseɛ* ne mmeamu. Asaase no da hɔ ma yɛn, ɛfiri sɛ yɛahwehwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no nti wama yɛn ho adwo yɛn wɔ baabiara.” Enti adwuma no kɔɔ yie.+
8 Asa nyaa asraafoɔdɔm 300,000 a wɔfiri Yuda a wɔkurakura akyɛm akɛseɛ ne mpea. Benyamin mu nso, ɔnyaa mmarima akokoɔdurofoɔ 280,000 a wɔkurakura akyɛm nketewa* ne agyan.+
9 Akyire yi, Etiopiani Sera de asraafoɔdɔm 1,000,000 ne nteaseɛnam 300 baa wɔn so.+ Berɛ a ɔduruu Maresa no,+ 10 Asa firii adi kɔhyiaa no, na wɔboaa wɔn ho ano kɔgyinaa akono wɔ Sefata Bɔn no mu wɔ Maresa. 11 Na Asa su frɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn+ sɛ: “O Yehowa, ɛnyɛ den mma wo sɛ wobɛboa nnipa, sɛ́ wɔdɔɔso anaa wɔnni ahoɔden.+ O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo na yɛde yɛn ho ato wo so;+ wo din mu na yɛaba saa dɔm yi so.+ O Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn. Mma ɔdasani nnni wo so nkonim.”+
12 Enti Yehowa dii Etiopiafoɔ so nkonim wɔ Asa ne Yuda anim, na Etiopiafoɔ no dwaneeɛ.+ 13 Asa ne nnipa a wɔka ne ho no tii wɔn kɔduruu Gerar,+ na Etiopiafoɔ no wuwu kɔsii sɛ wɔn nyinaa saeɛ. Yehowa ne n’asafo no yɛɛ wɔn pasaa. Afei wɔsesaa wɔn ho nneɛma bebree kɔe. 14 Bio nso, wɔsɛee nkuro a atwa Gerar ho ahyia no nyinaa, ɛfiri sɛ Yehowa ho hu tɔɔ wɔn so; wɔsesaa nkuro no nyinaa mu nneɛma; ná nneɛma no dɔɔso. 15 Afei nso, wɔto hyɛɛ mmoahwɛfoɔ ntomadan so, na wɔnyaa nnwan pii ne yoma; ɛnna wɔsan baa Yerusalem.
15 Afei Onyankopɔn honhom baa Oded ba Asaria so. 2 Ɛnna ɔfirii adi kɔɔ Asa anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “O Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, montie me! Yehowa deɛ, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena;+ sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no,+ na sɛ mogya no a, ɔno nso bɛgya mo.+ 3 Mfeɛ* pii na Israel tenaa ase a na wɔnsom nokorɛ Nyankopɔn no, na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na na wɔnni mmara.+ 4 Nanso sɛ wɔkɔ ahohia mu na wɔsan ba Israel Nyankopɔn Yehowa nkyɛn bɛhwehwɛ no a, ɔma wɔhu no.+ 5 Saa berɛ no, na akwantuo yɛ hu ma obiara,* ɛfiri sɛ na basabasayɛ pii kɔ so wɔ asaase no so nnipa nyinaa mu. 6 Ɔman baako sɔre a, na wato ahyɛ ɔman foforɔ so ayɛ no pasaa, kuro baako sɔre a, na wato ahyɛ kuro foforɔ so, ɛfiri sɛ Onyankopɔn maa ahohia nyinaa bi baa wɔn so maa wɔn ani taneeɛ.+ 7 Mo deɛ, momma mo bo nyɛ duru; mommma mo abam mmmu,*+ na mobɛnya mo adwuma no so akatua.”
8 Berɛ a Asa tee nsɛm yi ne odiyifoɔ Oded nkɔmhyɛ no ara pɛ, ɔnyaa akokoɔduro, na ɔyiyii abosom fĩ no firii Yuda+ ne Benyamin asaase nyinaa so ne nkuro a ɔgyee no Efraim mmepɔ mu no mu, na Yehowa afɔrebukyia a ɛsi Yehowa abantenten no anim no,+ ɔyɛɛ no foforɔ. 9 Afei ɔboaboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ano, na ahɔhoɔ a wɔafiri Efraim ne Manase ne Simeon+ abɛka wɔn ho no nso, ɔboaboaa wɔn nyinaa ano. Deɛ ɛwom ne sɛ, na nnipa pii awae afiri Israel aba n’afã, ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ ne Nyankopɔn Yehowa di n’akyi. 10 Asa ahennie afe a ɛtɔ so 15, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu na wɔboaboaa wɔn ano wɔ Yerusalem. 11 Saa da no wɔde nneɛma a wɔde firi ɛko mu baeɛ no bi bɔɔ afɔreɛ maa Yehowa; wɔde anantwie 700 ne nnwan 7,000. 12 Afei nso, wɔyɛɛ apam sɛ wɔde wɔn akoma ne wɔn kra* nyinaa bɛhwehwɛ wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa.+ 13 Obiara a ɔrenhwehwɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no, kumaa oo, ɔkɛseɛ oo, ɔbarima oo, ɔbaa oo, wɔbɛku no.+ 14 Enti wɔde nne kɛseɛ ne osebɔ ne ntotorobɛnto ne mmɛn kaa Yehowa ntam. 15 Na Yuda nyinaa ani gyee ntam a wɔaka no ho, ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa na ɛkaa ntam no. Anigyeɛ kɛseɛ na wɔde hwehwɛɛ Yehowa, na ɔmaa wɔhuu no,+ na ɔmaa wɔn ho dwoo wɔn wɔ baabiara.+
16 Ɔhene Asa nanabaa Maaka+ mpo, ɔtuu no adeɛ so, na wamma no anyɛ ɔbaapanin bio, ɛfiri sɛ na wayɛ ohoni tantan bi a wɔde som abosonnua.*+ Asa twaa ohoni tantan no bubuu no pasapasa, na ɔkɔhyee no Kidron Bɔn mu.+ 17 Mmom sorɔnsorɔmmea* no deɛ, ɛkaa Israel.+ Nanso Asa nkwa nna* nyinaa, na n’akoma di mu.+ 18 Na ɔde nneɛma a ɔne ne papa yɛɛ no kronkron no baa nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ; dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no.+ 19 Ɛko biara amma kɔsii Asa ahennie afe a ɛtɔ so 35 no so.+
16 Asa ahennie afe a ɛtɔ so 36 mu no, Israel hene Baasa+ baa Yuda so, na ɔfirii aseɛ sɛ ɔresan akyekyere Rama+ kuro no* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rentumi mfiri Yuda hene Asa nkyɛn mma anaa obiara rentumi nkɔ ne nkyɛn.*+ 2 Ɛnna Asa yii dwetɛ ne sika kɔkɔɔ firii Yehowa fie+ ne ahemfie* akoradeɛ mu de kɔmaa Siria hene Ben-Hadad+ a ɔte Damasko no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 3 “Apam* da me ne wo ntam, ne me papa ne wo papa ntam. Merebrɛ wo dwetɛ ne sika kɔkɔɔ. Bra na bɛtwa apam* a wo ne Israel hene Baasa ayɛ no mu na ɔmfiri me so nkɔ.”
4 Ben-Hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa n’asahene kɔɔ Israel nkuro so, na wɔko faa Eyon,+ Dan,+ Abel-Maim, ne Naftali nkuro mu akoraeɛ nyinaa.+ 5 Berɛ a Baasa teeɛ no, ntɛm ara na ɔgyaee Rama kyekyere.* 6 Ɛnna Ɔhene Asa de Yuda nyinaa kɔeɛ, na wɔkɔsesaa aboɔ ne nnua a na Baasa de rekyekyere Rama+ no, na ɔde kɔkyekyeree Geba+ ne Mispa.*+
7 Saa berɛ no, ɔdehwɛfoɔ Hanani+ baa Yuda hene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛsiane sɛ wode wo ho ato Siria hene so na woamfa wo ho anto Yehowa, wo Nyankopɔn so nti, Siria hene asraafoɔdɔm no ade wɔn ho afiri wo nsam.+ 8 Etiopiafoɔ ne Libiafoɔ no, na wɔnyɛ asraafoɔ bebree a wɔwɔ nteaseɛnam ne asraafoɔ pii a wɔtete apɔnkɔ so anaa? Nanso berɛ a wode wo ho too Yehowa so no, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa.+ 9 Yehowa ani kyini asaase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bɛdi ama* wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho.+ Deɛ woayɛ yi deɛ, woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri nnɛ rekɔ, akodie bɛba wo so.”+
10 Nanso asɛm no maa Asa ani beree ɔdehwɛfoɔ no so. Ne bo fuu no ara maa no de no too afiase.* Saa berɛ no ara nso, Asa firii aseɛ dii ɔmanfoɔ no binom ani. 11 Asa ho nsɛm nyinaa, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, wɔatwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu.+
12 Asa ahennie afe a ɛtɔ so 39 mu no, ɔyaree ne nan, na ne yareɛ no mu yɛɛ den yie. Ne yareɛ mu mpo, wanhwehwɛ Yehowa akyiri kwan na mmom ɔkɔdii ayaresafoɔ akyi. 13 Na Asa ne n’agyanom kɔdae;+ ɔwuu wɔ n’ahennie afe a ɛto so 41 mu. 14 Enti ɛda kama bi a ɔno ara bɔɔ wɔ Dawid Kuro mu+ na wɔsiee no wom; wɔde no too mpa so, na na balsam ngo ne sradehwam ahodoɔ a wɔahyɛ da afra nso ayɛ so ma.+ Afei nso, wɔsɔɔ egya kɛseɛ paa* de yɛɛ no ayie.
17 Ne ba Yehosafat+ bɛdii n’adeɛ, na ɔhyɛɛ ne tumi den wɔ Israel so. 2 Ɔde akofoɔ gyinagyinaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde asraafoɔdɔm kɔguu Yuda asaase ne Efraim nkuro a ne papa Asa ko faeɛ no mu.+ 3 Yehowa dii Yehosafat akyi, ɛfiri sɛ ɔnantee ne nana Dawid akwan so+ na wankɔdi Baal akyi. 4 Ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn a ne papa som no no,+ na ɔdii ne mmara nsɛm so;* wamfa Israel akwan so.+ 5 Yehowa maa ahennie no timii ne nsam,+ na Yuda nyinaa de akyɛdeɛ brɛɛ Yehosafat daa; enti ɔnyaa ahonyadeɛ ne animuonyam pii.+ 6 Ɔnyaa akokoɔduro* de nantee Yehowa akwan so, maa enti ɔyiyii sorɔnsorɔmmea*+ ne abosonnua*+ a ɛwɔ Yuda no.
7 N’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔsoma kɔka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ sɛ wɔnkɔkyerɛkyerɛ wɔ Yuda nkuro mu; mpanimfoɔ no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia. 8 Lewifoɔ yi na na wɔka wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobiya ne Tob-Adoniya. Ná Elisama ne Yehoram a wɔyɛ asɔfoɔ no nso ka wɔn ho.+ 9 Wɔfaa Yehowa Mmara nwoma no,+ na wɔsiim kɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda; wɔkyinii Yuda nkuro nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ ɔman no.
10 Na Yehowa ho hu tɔɔ nsaase no so ahennie a atwa Yuda ho ahyia nyinaa so, na wɔne Yehosafat anko. 11 Filistifoɔ de akyɛdeɛ brɛɛ Yehosafat, na wɔde sika bɛtuaa toɔ maa no. Arabiafoɔ nso de nyɛmmoa brɛɛ no; ná wɔyɛ adwennini 7,700 ne mpɔnkyenini 7,700.
12 Yehosafat nyaa tumi kɛse paa,+ na ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den+ ne adekora nkuro+ wɔ Yuda. 13 Ɔyeyɛɛ nneɛma pii wɔ Yuda nkuro mu, na ɔnyaa asraafoɔ, kyerɛ sɛ, mmarima akatakyie wɔ Yerusalem. 14 Wɔhyehyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie teɛ: Yuda apem apem so mpanimfoɔ, Adnah na na ɔda wɔn ano, na na mmarima akatakyie 300,000 ka ne ho.+ 15 Deɛ na ɔhyɛ n’ase ne ɔsahene Yehohanan, na na mmarima 280,000 ka ne ho. 16 Deɛ na ɔhyɛ ɔno nso ase ne Sikri ba Amasiya a ɔtuu ne ho maa Yehowa som adwuma, na na mmarima akatakyie 200,000 ka ne ho. 17 Deɛ ɔfiri Benyamin+ mu nso ne ɔkatakyie Eliada, na na mmarima 200,000 a wɔkurakura agyan ne akyɛm ka ne ho.+ 18 Deɛ na ɔhyɛ n’ase ne Yehosabad, na na mmarima 180,000 a wɔasiesie wɔn ho ama sraadie ka ne ho. 19 Weinom ne wɔn a na wɔsom ɔhene; ɛsono wɔn a ɔhene de wɔn totoo nkuro a wɔabɔ ho ban ano wɔ Yuda nyinaa no.+
18 Yehosafat nyaa ahonyadeɛ ne animuonyam pii,+ nanso ɔmaa ne busuani kɔwaree wɔ Ahab fie.+ 2 Enti mfeɛ bi akyi no, ɔkɔɔ Ahab nkyɛn wɔ Samaria,+ na Ahab de nnwan ne anantwie bebree bɔɔ afɔreɛ maa ɔne nnipa a wɔka ne ho no. Na ɔne no kae ara* sɛ ɔne no nkɔ Ramot-Gilead so.+ 3 Asɛm a Israel hene Ahab bisaa Yuda hene Yehosafat ne sɛ: “Wo ne me bɛkɔ Ramot-Gilead so anaa?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me ne wo nyinaa yɛ nipa baako, na me man ne wo man nso yɛ baako, enti yɛtaa w’akyi wɔ ɛko no mu.”
4 Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Mesrɛ wo, bisa Yehowa anom asɛm ansa.”+ 5 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ mmarima 400 ano, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Yɛne Ramot-Gilead nkɔko anaa mennyae?” Na wɔkaa sɛ: “Kɔ, na nokorɛ Nyankopɔn no de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”
6 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: “Yehowa diyifoɔ biara nni ha anaa?+ Yɛmma ɔno nso mmisa mma yɛn.”+ 7 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Baako da so wɔ hɔ+ a yɛbɛtumi ama ɔno nso abisa Yehowa anom asɛm ama yɛn, nanso mempɛ n’asɛm koraa ɛfiri sɛ ɔnhyɛɛ me ho nkɔm pa biara da; me ho nkɔm bɔne nko ara na daa ɔhyɛ.+ Ɔno ne Yimla ba Mikaia.” Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ no sɛ: “Mma ɔhene nnka saa.”
8 Enti Israel hene frɛɛ ahemfie mpanimfoɔ no baako, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm frɛ Yimla ba Mikaia brɛ me.”+ 9 Saa berɛ no, na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn nhennwa so hyehyɛ wɔn ahentaadeɛ wɔ Samaria kuro pono ano ayuporobea hɔ, na adiyifoɔ no nyinaa gyinagyina wɔn anim rehyɛ nkɔm. 10 Na Kenaana ba Sedekia de dadeɛ yɛɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Wei na wode bɛpempem* Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn ase.’” 11 Adiyifoɔ nkaeɛ no nyinaa nso hyehyɛɛ nkɔm korɔ no ara sɛ: “Kɔ Ramot-Gilead so, na wobɛdi nkonim;+ Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”
12 Na deɛ wɔsomaa no sɛ ɔnkɔfrɛ Mikaia mmra no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Adiyifoɔ no nyinaa aka asɛmpa akyerɛ ɔhene, enti mesrɛ wo, ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn deɛ no,+ na ka asɛmpa.”+ 13 Nanso Mikaia kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, deɛ me Nyankopɔn bɛka no, ɛno ara na me nso mɛka.”+ 14 Berɛ a ɔbɛduruu ɔhene anim no, ɔhene bisaa no sɛ: “Mikaia, yɛne Ramot-Gilead nkɔko anaa mennyae?” Ɛhɔ ara na ɔbuaa ɔhene sɛ: “Monkɔ na mobɛdi nkonim; wɔde wɔn bɛhyɛ mo nsa.” 15 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Mprɛ ahe na wopɛ sɛ mema woka ntam sɛ nokorɛ nko ara na wobɛka no Yehowa din mu akyerɛ me?” 16 Ɛnna afei ɔkaa sɛ: “Hwɛ, mehu Israel sɛ wɔn nyinaa ahwete wɔ mmepɔ no so sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.+ Yehowa se: ‘Weinom nni wura. Enti ma obiara nsan nkɔ ne fie asomdwoeɛ mu.’”
17 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ɛnyɛ asɛm a mekaeɛ no na ɛda hɔ yi, sɛ ‘ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa, na mmom nkɔm bɔne’?”+
18 Ɛnna Mikaia kaa sɛ: “Afei montie Yehowa anom asɛm: Mehuu Yehowa sɛ ɔte n’ahennwa so+ a ɔsoro asafodɔm nyinaa+ gyinagyina ne nifa ne ne benkum.+ 19 Na Yehowa bisaa sɛ, ‘Hwan na ɔbɛkɔ akɔdaadaa Israel hene Ahab ama no akɔdi nkoguo wɔ Ramot-Gilead?’ Afei wei ka sei, na wei nso aka sei. 20 Ɛnna honhom* bi+ bɛgyinaa Yehowa anim kaa sɛ: ‘Me na mɛkɔ akɔdaadaa no.’ Yehowa bisaa no sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na wobɛfa so?’ 21 Ɔno nso buaa sɛ, ‘Mɛkɔ akɔyɛ atorɔ honhom wɔ n’adiyifoɔ nyinaa anom.’ Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Wobɛtumi adaadaa no ampa; deɛ worekɔyɛ no, ɛbɛyɛ yie. Kɔ na kɔyɛ saa.’ 22 Enti hu sɛ Yehowa de atorɔ honhom na ahyɛ w’adiyifoɔ yi anom,+ nanso mmusuo na Yehowa aka afa wo ho.”
23 Ɛnna Kenaana ba Sedekia+ twe bɛn Mikaia,+ na ɔbɔɔ no sotorɔ+ bisaa no sɛ: “Ɛhefa na Yehowa honhom nam sian me ho ne wo bɛkasaeɛ?”+ 24 Mikaia buaa no sɛ: “Ɛda a wobɛwura pia mu akɔhinta no na wobɛhunu baabi a ɛnam baeɛ.” 25 Ɛnna Israel hene kaa sɛ: “Momfa Mikaia nkɔma kuro sohwɛfoɔ Amon ne ɔhene ba Yoas. 26 Monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Deɛ ɔhene aka nie: “Momfa saa akoa yi nto afiase,+ na monte n’aduane* ne ne nsuo so nkɔsi sɛ mɛsan aba asomdwoeɛ mu.”’” 27 Ɛnna Mikaia kaa sɛ: “Sɛ wosan ba asomdwoeɛ mu paa a, ɛnneɛ na ɛnyɛ Yehowa na ɔne me kasaeɛ.”+ Na ɔka kaa ho sɛ: “Mo nyinaa moate bi.”
28 Enti Israel hene ne Yuda hene Yehosafat kɔɔ Ramot-Gilead so.+ 29 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Mɛsakra me ho akɔ akono, nanso wo deɛ, hyɛ w’ahentaadeɛ.” Enti Israel hene sakraa ne ho na wɔkɔɔ akono. 30 Ná Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam so asahene no sɛ: “Mo ne kumaa anaa ɔkɛseɛ nnko, momfa mo ani nsi Israel hene nko ara so.” 31 Na berɛ a nteaseɛnam so asahene no huu Yehosafat pɛ, wɔkaa sɛ: “Israel hene no nie.” Enti wɔkɔɔ ne so sɛ wɔne no rekɔko. Ɛnna Yehosafat firii aseɛ su hwehwɛɛ ɔgyefoɔ,+ enti Yehowa boaa no, na ɛhɔ ara na Onyankopɔn maa wɔgyaee n’akyiri die. 32 Berɛ a nteaseɛnam so asahene no hunuu sɛ ɛnyɛ Israel hene no, ntɛm ara na wɔdanee wɔn ho, na wɔanni n’akyi bio.
33 Na ɔbarima bi too n’agyan, na ɛfom* kɔwɔɔ Israel hene wɔ ne dadeɛ ataadeɛ no mpameeɛ so. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ deɛ ɔreka teaseɛnam no sɛ: “Dane wo ho na fa me firi akono ha* kɔ, na wɔapira me pira bɔne.”+ 34 Ɛko no kɔɔ so da mu no nyinaa, na wɔsosɔɔ Israel hene mu gyinaa teaseɛnam no mu de n’ani kyerɛɛ Siriafoɔ no kɔsii anwummerɛ. Ɔwuu berɛ a awia akɔtɔ.+
19 Ɛnna Yuda hene Yehosafat san baa ne fie* dwoodwoo*+ wɔ Yerusalem. 2 Ɔdehunufoɔ Hanani+ ba Yehu+ baa Ɔhene Yehosafat nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nnebɔneyɛfoɔ na ɛsɛ sɛ woboa wɔn?+ Na wɔn a wɔtan Yehowa na ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn anaa?+ Deɛ woayɛ yi nti, Yehowa bo afu wo. 3 Nanso wɔahunu adepa bi wɔ wo ho,+ ɛfiri sɛ woayiyi abosonnua* no afiri asaase no so, na woasiesie w’akoma* sɛ wobɛhwehwɛ nokorɛ Nyankopɔn no.”+
4 Yehosafat kɔɔ so tenaa Yerusalem, na ɔsan firii adi kɔɔ ɔmanfoɔ no mu, ɛfiri Beer-Seba kɔsi Efraim mmepɔ mu,+ sɛ ɔrekɔdane wɔn aba wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa nkyɛn.+ 5 Afei ɔyii atemmufoɔ wɔ Yuda asaase so nkuro a wɔabɔ ho ban nyinaa mu; kuro biara nyaa ne deɛ.+ 6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufoɔ no sɛ: “Monhwɛ nyɛ adwuma no yie, ɛfiri sɛ ɛnyɛ onipa na mobu atɛn ma no, na mmom Yehowa, na ɔka mo ho wɔ atemmuo no mu.+ 7 Afei monsuro Yehowa,+ na momfa ahwɛyie nyɛ mo adwuma, ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn mmu ntɛnkyea,+ ɔnhwɛ nnipa anim,+ na ɔnnye adanmudeɛ.”*+
8 Yerusalem nso, Yehosafat yii Lewifoɔ ne asɔfoɔ ne Israel agyanom abusuafie mpanimfoɔ no bi sɛ wɔmmu atɛn mma Yehowa na wɔnni Yerusalemfoɔ ntam nsɛmnsɛm.+ 9 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa Yehowa suro, nokorɛdie, ne akoma a ɛdi mu nyɛ wei: 10 Sɛ mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu de asɛm biara ba mo anim na ɛfa mogyahwieguo+ anaa mmara, ahyɛdeɛ, nhyehyɛeɛ a ɛda hɔ, ne atemmusɛm ho a, monkasa nkyerɛ wɔn na wɔanni fɔ Yehowa anim; anyɛ saa a, ne bo bɛfu mo ne mo nuanom. Wei na monyɛ na asodie amma mo so. 11 Ɔsɔfo panin Amaria na ɔda mo ano wɔ Yehowa nsɛm nyinaa mu.+ Ismael ba Sebadia na ɔbɛdi Yuda fie anim wɔ ɔhene nsɛm nyinaa mu. Lewifoɔ no nso bɛyɛ mo so mpanimfoɔ. Monyɛ den na monyɛ adwuma no, na wɔn a wɔbɛyɛ adepa no, Yehowa bɛka wɔn ho.”+
20 Ɛno akyi no, Moabfoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Amonimfoɔ* no bi baa sɛ wɔne Yehosafat rebɛko. 2 Enti nkurɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ɛdɔm kɛseɛ bi firi Edom+ wɔ po* no ho reba wo so, na wɔabɛduru Hasason-Tama a ɛne En-Gedi.”+ 3 Wei maa ehu kaa Yehosafat, na ɔyɛɛ n’adwene* sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa.+ Ɛnna ɔkaa sɛ Yuda nyinaa nyɛ akɔnkyene.* 4 Enti Yudafoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔrebɛbisa Yehowa anom asɛm.+ Wɔfirii Yuda nkuro nyinaa mu baeɛ sɛ wɔrebɛtie Yehowa anom asɛm.
5 Ɛnna Yehosafat sɔre gyinaa Yuda ne Yerusalem asafo no anim; ná wɔwɔ Yehowa fie adihɔ foforɔ hɔ. 6 Ɔkaa sɛ:
“O Yehowa, yɛn agyanom Nyankopɔn, ɛnyɛ wone ɔsoro Nyankopɔn,+ na ɛnyɛ wo na wodi amanaman ahennie nyinaa so?+ Wo nsam na tumi ne kɛseyɛ wɔ, na obiara ntumi nnyina w’anim.+ 7 O yɛn Nyankopɔn, ɛnyɛ wo na wopamoo asaase yi sofoɔ firii wo man Israel anim, na ɛnyɛ wo na wode asaase no maa w’adamfo Abraham asefoɔ*+ sɛ wɔntena so daa? 8 Wɔbɛtenaa so, na wɔsii tenabea kronkron wɔ hɔ maa wo din,+ na wɔkaa sɛ, 9 ‘Sɛ mmusuo, sekan, atemmuo bɔne, nsanyareɛ a ɛdi awuo, anaa ɛkɔm ba yɛn so a, ma yɛnnyina efie yi anim ne w’anim (ɛfiri sɛ wo din da efie yi so),+ na yɛnsu mfrɛ wo yɛn ahohia mu, na tie yɛn na gye yɛn.’+ 10 Ammonfoɔ, Moabfoɔ, ne Seir mmepɔ+ sofoɔ no, berɛ a Israel firi Egypt asaase so reba no, woamma wɔanto anhyɛ wɔn asaase so na mmom wɔdane firii wɔn ho a wɔansɛe wɔn.+ 11 Afei deɛ wɔde retua yɛn ka ne sɛ wɔreba abɛpamo yɛn afiri agyapadeɛ a wode ama yɛn no so.+ 12 O yɛn Nyankopɔn, enti woremmu wɔn atɛn?+ Yɛn deɛ, yɛnni ahoɔden biara a yɛde bɛgyina dɔm kɛseɛ a wɔreba yɛn so yi anim, na yɛnhunu deɛ yɛnyɛ mpo;+ wo na yɛn ani da wo so.”+
13 Saa berɛ no, na Yudafoɔ nyinaa gyinagyina Yehowa anim; wɔne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom, ne wɔn mma* nyinaa.
14 Ɛnna Yehowa honhom kaa Yahasiel a ɔyɛ Sakaria ba, Benaia ba, Yeiel ba, Matania ba, Lewini a ɔfiri Asaf mma mu no wɔ asafo no mu. 15 Na ɔkaa sɛ: “Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne Ɔhene Yehosafat, monyɛ aso! Deɛ Yehowa reka akyerɛ mo nie, ‘Monnsuro, na mommmɔ hu ɛdɔm kɛseɛ yi nti; ɛfiri sɛ ɛko no nyɛ mo ko, na ɛyɛ Onyankopɔn dea.+ 16 Ɔkyena monsiane nkɔ wɔn so. Wɔbɛfa Sis bepɔ so aforo aba; na mobɛkɔ akɔto wɔn wɔ ɛbɔn* no mu wɔ baabi a ɛbɛn Yeruel serɛ so. 17 Ɛko yi, ɛnyɛ mo na mobɛko. Monkɔgyinagyina hɔ, monyɛ komm+ na monhwɛ sɛdeɛ Yehowa bɛgye mo nkwa.+ O Yuda ne Yerusalem, monnsuro, na mommmɔ hu.+ Ɔkyena momfiri adi nkɔhyia wɔn, na Yehowa bɛdi mo akyi.’”+
18 Ɛhɔ ara na Yehosafat bɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam, na Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa nso bɔɔ wɔn mu ase Yehowa anim som Yehowa. 19 Ɛnna Lewifoɔ a wɔfiri Kohat+ ne Kora mmusua mu no sɔreeɛ, na wɔde nne kɛseɛ paa yii Israel Nyankopɔn Yehowa ayɛ.+
20 Wɔsɔree anɔpatutuutu siim kɔɔ Tekoa+ serɛ so. Berɛ a wɔrekɔ no, Yehosafat sɔre gyinaa hɔ kaa sɛ: “O Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa, montie me! Monnya Yehowa mo Nyankopɔn mu gyidie na mo ase atim.* Monnya n’adiyifoɔ mu gyidie+ na asi mo yie.”
21 Ɔne ɔman no tuu agyina, na ɔyiyii mmarima sɛ wɔnto dwom+ mma Yehowa na wɔnhyehyɛ ntaade kronkron mfa nyi no ayɛ, na wɔdii akofoɔ no anim kaa sɛ: “Monna Yehowa ase, na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”+
22 Berɛ a wɔfirii ahurisi dwom ne ayeyie no ase no, Yehowa maa nkurɔfoɔ kɔtɛɛ mmarima a wɔfiri Ammon, Moab, ne Seir mmepɔ so a wɔreba Yuda so no, na wɔkunkum wɔn ho.+ 23 Ammonfoɔ ne Moabfoɔ no to hyɛɛ Seir mmepɔ+ sofoɔ no so, na wɔsɛee wɔn maa wɔn ase tɔree; berɛ a wɔsɛee Seirfoɔ wieeɛ no, wɔtwaa wɔn ho kunkum wɔn ho.+
24 Yudafoɔ no kɔɔ ɔwɛn aban a ɛwɔ serɛ so+ no so, na berɛ a wɔdanee wɔn ani hwɛɛ dɔm no, wɔhuu sɛ wɔn afunu gugu hɔ+ a obiara amfiri mu anka. 25 Enti Yehosafat ne ne nkurɔfoɔ bɛsesaa wɔn ho nneɛma, na wɔnyaa ntaadeɛ ne nneɛma a ɛsom bo ne nneɛma foforɔ pii wɔ wɔn ho; wɔyiyii nkurɔfoɔ no ho nneɛma ara maa afei na wɔntumi nsoa bio.+ Nnansa na wɔde sesaa nneɛma no, ɛfiri sɛ na ɛdɔɔso. 26 Da a ɛtɔ so nnan no, wɔboaboaa wɔn ano wɔ Beraka Bɔn mu,* na ɛhɔ na wɔyii Yehowa ayɛ.* Ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Beraka* Bɔn,+ na saa na wɔafrɛ hɔ de bɛsi nnɛ.
27 Afei Yehosafat dii Yuda ne Yerusalem mmarima no nyinaa anim, na wɔsiim de ahurisie baa Yerusalem ɛfiri sɛ Yehowa maa wɔdii wɔn atamfo ho ahurisie.+ 28 Enti wɔde asankuo ne asankuten+ ne ntotorobɛnto+ baa Yerusalem, na wɔkɔɔ Yehowa fie.+ 29 Berɛ a asaase no so ahennie nyinaa tee sɛ Yehowa ako atia Israel atamfo no, Onyankopɔn ho hu tɔɔ wɔn so.+ 30 Enti asomdwoeɛ baa Yehosafat ahennie mu, na ne Nyankopɔn maa ne ho dwoo no wɔ baabiara.+
31 Na Yehosafat kɔɔ so dii Yuda so hene. Ɔbɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 35, na ɔdii hene mfeɛ 25 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Asuba, na na ɔyɛ Silhi babaa.+ 32 Deɛ ɔhene no papa Asa yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ;+ wammane amfiri ho. Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so.+ 33 Mmom sorɔnsorɔmmea* no deɛ, ɛkaa hɔ;+ afei nso, na ɔman no nsiesiee wɔn akoma mmaa wɔn agyanom Nyankopɔn.+
34 Yehosafat ho nsɛm a aka, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Hanani+ ba Yehu+ nsɛm mu wɔ Israel Ahemfo Nwoma no mu. 35 Akyire yi, Yuda hene Yehosafat de ne ho kɔbɔɔ Israel hene Ahasia a ɔyɛɛ nneɛma bɔne no.+ 36 Ɔne no ka boom yeyɛɛ ahyɛn a ɛbɛkɔ Tarsis;+ wɔyɛɛ ahyɛn no wɔ Esion-Geber.+ 37 Nanso Dodawahu a ɔfiri Maresa ba Elieser hyɛɛ nkɔm tiaa Yehosafat sɛ: “Ɛsiane sɛ wode wo ho akɔbɔ Ahasia nti, Yehowa nso bɛsɛe wo nnwuma.”+ Enti ahyɛn no bobɔeɛ,+ na antumi ankɔ Tarsis.
21 Na Yehosafat ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ.+ 2 Ná ɔwɔ nua mmarima a wɔyɛ Yehosafat mma: wɔn ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael, ne Sefatia; weinom nyinaa yɛ Israel* hene Yehosafat mma. 3 Na wɔn papa kyɛɛ wɔn dwetɛ ne sika kɔkɔɔ nneɛma ne nneɛma a ɛsom bo pii ne nkuro a wɔabɔ ho ban wɔ Yuda;+ ahennie no deɛ, ɔde maa Yehoram,+ ɛfiri sɛ na ɔno ne abakan.
4 Berɛ a Yehoram bɛtenaa ne papa ahennwa so no, ɔtwee sekan kunkum ne nua mmarima nyinaa+ ne Israel adehyeɛ no bi de hyɛɛ ne tumi den. 5 Yehoram bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 32, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem.+ 6 Ɔfaa Israel ahemfo akwan so+ sɛdeɛ Ahab fiefoɔ yɛeɛ no, ɛfiri sɛ ɔwaree Ahab babaa.+ Ɔyɛɛ nneɛma bɔne wɔ Yehowa ani so. 7 Nanso Yehowa ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie, ɛfiri sɛ na ɔne Dawid ayɛ apam+ ahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛma kanea bi ahyerɛn ama ɔne ne mma daa.+
8 Ne berɛ so no, Edomfoɔ tee atua tiaa Yuda,+ na wɔsii wɔn ankasa hene.+ 9 Enti Yehoram ne n’asahene ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa kɔɔ hɔ, na ɔsɔree anadwo kɔkunkum Edomfoɔ a wɔatwa ɔne nteaseɛnam so asahene no ho ahyia no. 10 Ne nyinaa akyi no, Edom akɔ so ate Yuda so atua abɛsi nnɛ. Saa berɛ no ara, Libnafoɔ+ nso tee atua tiaa no, ɛfiri sɛ na wagyaa n’agyanom Nyankopɔn Yehowa.+ 11 Afei nso, ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea*+ wɔ Yuda mmepɔ so maa Yerusalem ne anyame foforɔ kɔbɔɔ adwaman,* na ɔmaa Yuda tee atua.
12 Akyire yi, ɔnyaa krataa firii odiyifoɔ Elia hɔ+ sɛ: “Deɛ Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka nie, ‘Woannante wo papa Yehosafat+ ne Yuda hene Asa akwan so.+ 13 Mmom woafa Israel ahemfo akwan so+ na woapiapia Yuda ne Yerusalem ama wɔne anyame foforɔ akɔbɔ adwaman+ sɛdeɛ Ahab fiefoɔ bɔɔ adwaman no,+ na woakunkum wo ara wo nuanom mpo,+ wo papa fiefoɔ a wɔyɛ sene wo. 14 Enti Yehowa de ɔhaw kɛseɛ bɛba wo man, wo mma, wo yerenom, ne deɛ wowɔ nyinaa so. 15 Afei nso, wobɛyareyare; na wobɛyare wo nsono mu nso ara* kɔsi sɛ yareɛ no bɛma wo nsono apue.’”
16 Ɛnna Yehowa hwanyan+ Filistifoɔ*+ ne Arabiafoɔ+ a wɔbɛn Etiopiafoɔ no maa wɔsɔre baa Yehoram so. 17 Enti wɔbaa Yuda so bɛbɔ wuraa mu, na wɔsesaa ɔhene no fie* hɔ nneɛma a wɔhunuiɛ nyinaa,+ na wɔfaa ne mma ne ne yerenom nso kɔe; wɔannya ɔbabarima biara amma no sɛ ne ba kumaa Yehoahas.*+ 18 Anso hɔ ara; Yehowa san de nsono mu yareɛ a ɛnni sabea bɔɔ no.+ 19 Mfeɛ mmienu akyi no, ne yareɛ no maa ne nsono pueeɛ, na yareɛ no teetee no ara kɔsii sɛ ɔwuiɛ, na ne manfoɔ anhye biribiara amma no sɛdeɛ wɔyɛ maa n’agyanom no.+ 20 Ɔbɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 32, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. Ɔwuiɛ no, anyɛ obiara ya. Wɔsiee no wɔ Dawid Kuro mu,+ nanso ɛnyɛ ahemfo no asieeɛ na wɔsiee no.+
22 Ɛnna Yerusalemfoɔ sii ne ba kumaa Ahasia* hene maa no dii n’adeɛ, ɛfiri sɛ na nnipabɔnefoɔ dɔm ne Arabiafoɔ aba asoɛeɛ hɔ abɛkunkum wɔn mu mpanimfoɔ no nyinaa.+ Enti Yehoram ba Ahasia bɛdii Yuda so hene.+ 2 Ahasia bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 22, na ɔdii hene afe baako wɔ Yerusalem. Ne maame din de Atalia,+ na na ɔyɛ Omri+ banana.*
3 Ɔno nso faa Ahab fiefoɔ akwan so,+ ɛfiri sɛ ne maame tuu no fo maa no yɛɛ nneɛma bɔne. 4 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ Ahab fiefoɔ yɛeɛ no, ɛfiri sɛ ne papa wuiɛ no, wɔn na wɔtuu no fo maa no wiee no bɔne. 5 Ɔtiee wɔn afotuo na ɔne Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no boom ne Siria hene Hasael+ kɔkoo wɔ Ramot-Gilead.+ Ɛhɔ na wɔtoo agyan wɔɔ Yehoram maa no piraeɛ. 6 Ɔsan kɔɔ Yesreel+ sɛ ɔrekɔsa ne ho yareɛ, ɛfiri sɛ berɛ a ɔne Siria hene Hasael+ kɔkoeɛ no, wɔpiraa no wɔ Rama.
Yuda hene Ahasia* a ɔyɛ Yehoram ba+ no kɔɔ Yesreel sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram,+ ɛfiri sɛ na wapira.*+ 7 Nanso Yehoram hɔ a Ahasia kɔeɛ no, Onyankopɔn na ɔmaa no baa saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhwe ase. Ɔduruu hɔ no, ɔne Yehoram kɔhyiaa Nimsi banana* Yehu, na na Yehowa asra Yehu+ sɛ ɔntɔre Ahab fiefoɔ ase.*+ 8 Berɛ a Yehu tuu n’ani sii Ahab fie so sɛ ɔresɛe no no, ɔhunuu Yuda adehyeɛ ne Ahasia nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na ɔkunkum wɔn.+ 9 Ɛnna ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia ɛfiri sɛ na wadwane akɔhinta. Na wɔkyee no wɔ Samaria de no brɛɛ Yehu. Wɔkum no, ɛnna wɔsiee no+ ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde n’akoma nyinaa hwehwɛɛ Yehowa no banana.”+ Ná obiara nni Ahasia fie a ɔwɔ tumi a ɔde bɛdi ahennie no so.
10 Berɛ a Ahasia maame Atalia+ huu sɛ ne ba no awuo no, ɔsɔre kunkum adehyeɛ mma* a wɔfiri Yuda mu nyinaa.+ 11 Nanso ɔhene babaa Yehosabat wiaa Ahasia ba Yehoas,+ na ɔfaa no firii ɔhene mma a na wɔrebɛkunkum wɔn no mu, na ɔde ɔne ɔbaa a ɔhwɛ no no* kɔsiee pia mu. Na Ɔhene Yehoram+ babaa Yehosabat (ɔyɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada+ yere ne Ahasia nuabaa) de no hintaa Atalia, enti wannya no anku no.+ 12 Ɔne wɔn tenaa nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ mfeɛ nsia a obiara anhu no. Saa berɛ no, Atalia na na ɔdi ɔman no so.
23 Afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada nyaa akokoɔduro ne ɔhaha so mpanimfoɔ yi yɛɛ apam:+ Yeroham ba Asaria, Yehohanan ba Ismael, Obed ba Asaria, Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat. 2 Afei wɔkɔkyinkyinii Yuda baabiara boaboaa Lewifoɔ+ a wɔwɔ Yuda nkuro nyinaa mu ne Israel agyanom abusuafie mpanimfoɔ ano. Berɛ a wɔbɛhyiaam wɔ Yerusalem no, 3 badwa no nyinaa ne ɔhene yɛɛ apam+ wɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ; ɛnna Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ:
“Hwɛ! Sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ bɔ wɔ Dawid mma ho no, ɔhene ba no na ɔbɛdi hene.+ 4 Deɛ monyɛ nie: Asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔbɛba abɛyɛ adwuma+ Homeda no, monkyɛ wɔn mu mmiɛnsa na momma nkyɛmu baako nyɛ apono ano ahwɛfoɔ;+ 5 nkyɛmu baako nso nkɔ ɔhene fie,*+ na nkyɛmu baako a aka no nkɔ Nnyinasoɔ Pono no ano, na ɔman no nyinaa nhyiam wɔ Yehowa fie adihɔ hɔ.+ 6 Mommma obiara nnwura Yehowa fie hɔ, gye asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔresom no.+ Wɔn deɛ wɔbɛtumi awura mu ɛfiri sɛ wɔyɛ nnipa kronkron, na ɔmanfoɔ no nyinaa nso, momma wɔnni Yehowa nhyehyɛeɛ so. 7 Lewifoɔ no mfa wɔn akodeɛ nkurakura wɔn nsam na wɔntwa ɔhene no ho nhyia. Obiara a ɔbɛba efie no mu no, wɔnku no. Baabiara a ɔhene bɛkɔ* no, monhwɛ sɛ moka ne ho.”
8 Lewifoɔ no ne Yuda nyinaa yɛɛ deɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Wɔn mu biara de ne mmarima a wɔreba hɔ Homeda abɛsom ne wɔn a wɔrenyɛ adwuma saa Homeda no+ bae, ɛfiri sɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada amma akuo a wɔawie wɔn nnwuma no ankɔ.+ 9 Ɛnna ɔsɔfoɔ Yehoiada de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm akɛseɛ ne akyɛm nketewa*+ a ɛwɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ+ no maa ɔhaha so mpanimfoɔ no.+ 10 Afei ɔmaa ɔmanfoɔ no nyinaa faa wɔn akodeɛ kurakuraa wɔn nsam, na ɔde wɔn gyinagyinaa efie no benkum ne ne nifa so ne afɔrebukyia no ho ne efie no ho, na wɔtwaa ɔhene no ho hyiaeɛ. 11 Ɛnna wɔde ɔhene ba no pue baeɛ,+ na wɔhyɛɛ no ahenkyɛ,* na wɔde Adanseɛ nwoma*+ no too ne tiri so, na wɔsii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa no, ɛnna wɔkaa sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!”+
12 Berɛ a Atalia tee sɛ ɔmanfoɔ no retu mmirika na wɔrebɔ gye ɔhene no so no, ɛhɔ ara na ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn wɔ Yehowa fie hɔ.+ 13 Ɔnkɔhwɛ a, ɔhene no na ɔgyina aboboano adum no baako ho* yi! Saa berɛ no, na mpanimfoɔ+ no ne wɔn a wɔrehyɛn ntotorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na na ɔman no nyinaa redi ahurisie+ na wɔrehyɛn ntotorobɛnto, na nnwontofoɔ a wɔkurakura asankuo di osebɔ no anim. Ɛhɔ ara na Atalia suan n’ataadeɛ mu, na ɔteaam sɛ: “Atirisopam!* Atirisopam!” 14 Ɛnna ɔsɔfoɔ Yehoiada maa ɔhaha so mpanimfoɔ a wɔdeda asraafoɔ ano no firii adi, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwe no mfiri nnipa no mu, na obiara a ɔbɛdi n’akyi no, momfa sekan nku no!” Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na ɔsɔfoɔ no aka sɛ: “Monnku no wɔ Yehowa fie.” 15 Enti wɔyeree no, na berɛ a wɔde no duruu Apɔnkɔ Pono no ano wɔ ɔhene fie* hɔ no, ntɛm ara na wɔkum no wɔ hɔ.
16 Ɛnna Yehoiada ne ɔman no nyinaa ne ɔhene yɛɛ apam sɛ wɔbɛyɛ Yehowa man daa.+ 17 Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fie* kɔdwiri guiɛ,+ na wɔbubuu n’afɔrebukyia ne n’ahoni,+ na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkum no+ wɔ afɔrebukyia no anim. 18 Afei Yehoiada de Yehowa fie hɔ biribiara hyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nsa. Wɔn na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu de wɔn sisii Yehowa fie so sɛ wɔmmɔ Yehowa ɔhyeɛ afɔreɛ+ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose Mmara mu no.+ Ná ɛsɛ sɛ wɔde ahurisie ne nnwontoɔ yɛ no sɛdeɛ Dawid hyehyɛeɛ no. 19 Afei nso, ɔde apono ano ahwɛfoɔ+ no gyinagyinaa Yehowa fie apono ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a ne ho nte wɔ adeɛ biara mu remma mu. 20 Ɛnna ɔfaa ɔhaha so mpanimfoɔ+ ne akunini ne ɔman no mu atumfoɔ ne ɔman no mu nnipa nyinaa kaa ne ho, na wɔde ɔhene no firii Yehowa fie hɔ baeɛ. Afei wɔfaa atifi pono no mu baa ɔhene fie* hɔ, na wɔde ɔhene no bɛtenaa ahennwa no so.+ 21 Enti ɔman no mu nnipa nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa kuro no mu, ɛfiri sɛ na wɔde sekan akum Atalia.
24 Yehoas bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ nson,+ na ɔdii adeɛ mfeɛ 40 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Sibiya, na na ɔfiri Beer-Seba.+ 2 Ɔsɔfoɔ Yehoiada nna nyinaa mu no, Yehoas yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so.+ 3 Yehoiada waree yerenom mmienu maa no, na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
4 Akyire yi, ɛbaa Yehoas akomam sɛ ɔbɛsiesie Yehowa fie no.+ 5 Enti ɔboaboaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afe biara, monkɔ Yuda nkuro mu nkɔgyegye sika wɔ Israel nyinaa mfa nsiesie mo Nyankopɔn fie no;+ monni asɛm yi ho dwuma ntɛm.” Nanso Lewifoɔ no anyɛ no ntɛm.+ 6 Enti ɔhene frɛɛ ɔpanin Yehoiada, na ɔbisaa no sɛ:+ “Toɔ kronkron a Yehowa akoa Mose kaa sɛ Israel asafo ntua+ wɔ Adanseɛ ntomadan+ no ho no, ɛdeɛn nti na wonhwɛ mmaa Lewifoɔ no nngyegye mfirii Yuda ne Yerusalem mmaeɛ? 7 Hwɛ, ɔbaa mumɔyɛfoɔ Atalia mma+ abɔ awura nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ,+ na nneɛma kronkron a ɛwɔ Yehowa fie no, wɔasesa ne nyinaa de akɔsom Baal anyame.” 8 Ɛnna ɔhene ka maa wɔyɛɛ adaka+ de sii Yehowa fie kwan ano.+ 9 Ɛno akyi no, wɔde too dwa wɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa sɛ obiara mmɛtua Yehowa toɔ kronkron+ a nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose kaa no serɛ so sɛ Israelfoɔ ntua no. 10 Mpanimfoɔ ne ɔman no nyinaa dii ahurisie,+ na wɔde toɔ no bɛguu adaka no mu kɔsii sɛ ɛyɛɛ ma.*
11 Berɛ biara a Lewifoɔ no de adaka no bɛhyɛ ɔhene nsa a wɔbɛhu sɛ sika pii aba mu no, ɔhene twerɛfoɔ ne ɔsɔfo panin boafoɔ no ba bɛhwie adaka no mu sika+ na wɔma so san de kɔsi deɛ ɛsi. Saa na wɔyɛɛ daa, na wɔnyaa sika bebree. 12 Afei ɔhene ne Yehoiada nso de ma wɔn a wɔhwɛ Yehowa fie adwuma so no, na wɔde bɔ abopaefoɔ ne adwumfoɔ paa sɛ wɔmfa nsiesie Yehowa fie no.+ Ná wɔde bi nso bɔ dadeɛ ne kɔbere adwumfoɔ paa sɛ wɔmfa nsiesie Yehowa fie no. 13 Na wɔn a wɔhwɛ adwuma no so no firii aseɛ, na dan no siesie nyaa nkɔsoɔ wɔ wɔn nsam, na wɔmaa nokorɛ Nyankopɔn no fie no yɛɛ kama sɛdeɛ ɛsɛ, na ɛnyaa ahoɔden. 14 Wɔwiee adwuma no ara na wɔde sika a ɛkaeɛ no brɛɛ ɔhene ne Yehoiada, na wɔde yeyɛɛ Yehowa fie nneɛma, ɔsom ne afɔreɛ ho nneɛma ne nkuruwa ne sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma.+ Na Yehoiada nna nyinaa mu no, wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ wɔ Yehowa fie hɔ daa.
15 Berɛ a Yehoiada bɔɔ akɔkoraa na ɔdii nna meeɛ no, ɔwui; ɔwuiɛ no, na wadi mfeɛ 130. 16 Wɔsiee no wɔ Dawid Kuro mu kaa ahemfo no ho,+ ɛfiri sɛ ɔyɛɛ adepa wɔ Israel;+ ɔmaa nokorɛ Nyankopɔn no som ne ne fie ho hiaa no.
17 Yehoiada wuiɛ no, Yuda mpanimfoɔ baa ɔhene anim bɛkotoo no, na ɔhene tiee wɔn. 18 Wɔgyaa wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa fie, na wɔfirii aseɛ som abosonnua* ne ahoni, na wɔn asodie no nti, Onyankopɔn bo fuu Yuda ne Yerusalem.* 19 Yehowa somaa adiyifoɔ baa wɔn hɔ mprɛ pii sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn; wɔkasa kyerɛɛ wɔn* daa, nanso wɔantie.+
20 Onyankopɔn honhom baa* ɔsɔfoɔ Yehoiada+ ba Sakaria so na ɔkɔgyinaa soro baabi wɔ ɔman no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ nokorɛ Nyankopɔn no aka nie, ‘Adɛn nti na mobu Yehowa mmara nsɛm so? Ɛrensi mo yie! Moagya Yehowa, enti ɔno nso bɛgya mo.’”+ 21 Ɛnna wɔbɔɔ ne ho pɔ,+ na ɔhene maa wɔsii no aboɔ wɔ Yehowa fie adihɔ.+ 22 Enti ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a ne papa* Yehoiada daa no adi kyerɛɛ Ɔhene Yehoas no, wankae, na ɔkum ne ba no. Berɛ a ɔrewuo no, asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ: “Yehowa nhwɛ na ɔntua wo so ka.”+
23 Afe no mfitiaseɛ* no, Siria asraafoɔdɔm baa Yehoas so. Wɔbɛto hyɛɛ Yuda ne Yerusalem so+ kunkum ɔman no mu mpanimfoɔ nyinaa,+ na wɔde nneɛma a wɔnyaa no ɛko no mu nyinaa kɔmaa Damasko hene. 24 Asraafoɔ kakraa bi na Siriafoɔ de wɔn baeɛ, nanso Yehowa de asraafoɔdɔm kɛseɛ hyɛɛ wɔn nsa+ ɛfiri sɛ na ɔman no agya wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa. Wɔde* atemmuo baa Yehoas so. 25 Berɛ a wɔfirii ne nkyɛn kɔeɛ no (ná wɔapira no paa*), ɔsɔfoɔ Yehoiada mma* no mogya a ɔhwie guiɛ nti,+ ɔno ara ne nkoa bɔɔ ne ho pɔ na wɔkum no wɔ ne mpa so.+ Ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Dawid Kuro mu,+ nanso wɔansie no ahemfo asieeɛ hɔ.+
26 Wɔn a wɔbɔɔ ne ho pɔ nie:+ Ammonni baa Simat ba Sabad ne Moabni baa Simrit ba Yehosabad. 27 Nsɛm a ɛfa ne mma ho ne nsɛm pii a wɔka tiaa no,+ ne nokorɛ Nyankopɔn no fie ho adwuma a ɔyɛ de siesieeɛ nyinaa,+ wɔatwerɛ no Ahemfo Nwoma no mu. Na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.
25 Amasia bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yehoadan, na na ɔfiri Yerusalem.+ 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, nanso na n’akoma nni mu. 3 Berɛ a ahennie no yɛɛ den wɔ ne nsam ara pɛ na ɔkunkum ne nkoa a wɔkum ne papa a na ɔdi hene no.+ 4 Wɔn mma deɛ, wanku wɔn, na mmom ɔyɛɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose Mmara nwoma no mu. Ná Yehowa aka wom sɛ: “Ɛnsɛ sɛ agyanom wu ɛsiane wɔn mma bɔne nti, na ɛnsɛ sɛ mma wu ɛsiane wɔn agyanom bɔne nti; obiara nwu ne bɔne ho.”+
5 Na Amasia boaboaa Yuda ano, na ɔmaa wɔgyinagyinaa sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie teɛ, apem apem sohwɛfoɔ ne ɔhaha sohwɛfoɔ biara ne ne dɔm wɔ Yuda ne Benyamin nyinaa;+ na ɔtwerɛtwerɛɛ wɔn a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ no din,+ na ɔnyaa mmarima akatakyie a wɔnim ko* 300,000 a wɔbɛtumi de mpea ne akyɛm akɔ ɔsa. 6 Afei ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ* 100 kɔbɔɔ Israel mmarima akatakyie 100,000 paa. 7 Nanso nokorɛ Nyankopɔn nipa bi bɛka kyerɛɛ no sɛ: “O ɔhene, mma Israel asraafoɔ no ne wo nnkɔ, ɛfiri sɛ Yehowa nka Israel ho;+ ɔnka Efraim mma no biara ho. 8 Wo nko ara kɔ, keka wo ho na fa akokoɔduro kɔ ɛko no. Anyɛ saa a, nokorɛ Nyankopɔn no bɛma woahwe ase wɔ ɔtamfo anim, ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa obi+ anaa ɔma no hwe ase.” 9 Ɛnna Amasia bisaa nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Na dwetikɛseɛ 100 a mede ama Israel asraafoɔ no nso ɛ?” Nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaa sɛ: “Yehowa bɛtumi ama wo deɛ ɛkyɛn saa koraa.”+ 10 Enti Amasia yiyii asraafoɔ a wɔfiri Efraim bae no firii mu, na ɔmaa wɔkɔɔ wɔn kurom. Nanso wɔn bo fuu Yuda paa, na wɔde abufuo kɔɔ wɔn kurom.
11 Ɛnna Amasia de akokoɔduro dii ne dɔm anim kɔɔ Nkyene Bɔn no mu,+ na ɔkunkum Seir mmarima 10,000.+ 12 Na Yuda mmarima kyee wɔn mu 10,000 anikan, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan atifi kɔtoo wɔn firii hɔ bɛhwehwee fam, na wɔn nyinaa mu teteeɛ. 13 Na asraafoɔ a Amasia maa wɔsan wɔn akyi a ɔne wɔn ankɔ ɛko no,+ wɔn nso kɔto hyɛɛ Yuda nkuro so, ɛfiri Samaria+ kɔsi Bet-Horon.+ Wɔkunkum emu nnipa 3,000 sesaa nneɛma bebree kɔe.
14 Berɛ a Amasia kɔkunkum Edomfoɔ wieeɛ a ɔreba no, ɔfaa Seir mmarima anyame no bae, na ɔde bɛsisii hɔ de yɛɛ n’anyame,+ na ɔfirii aseɛ kotoo wɔn hyee afɔrebɔdeɛ maa wɔn. 15 Ɛno nti Yehowa bo fuu Amasia dendeenden, na ɔsomaa odiyifoɔ bi kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woakɔdi nkurɔfoɔ no anyame akyi, anyame a wɔantumi annye wɔn ankasa nkurɔfoɔ amfiri wo nsam?”+ 16 N’ano ansi na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo na yɛayi wo sɛ ɔhene fotufoɔ anaa?+ Twa so!+ Adɛn nti na worebɛyɛ ama wɔaku wo?” Ɛnna odiyifoɔ no twaa so, nanso ɔkaa sɛ: “Menim sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, enti na woayɛ wei na m’afotuo nso woantie no.”+
17 Yuda hene Amasia ne n’afotufoɔ tuu agyina na ɔde nkra kɔmaa Israel hene Yehu ba Yehoahas ba Yehoas sɛ: “Bra ma yɛmfa mmɔ ani.”*+ 18 Israel hene Yehoas nso de nkra kɔmaa Yuda hene Amasia sɛ: “Lebanon nkasɛɛ-nkasɛɛ soma kɔka kyerɛɛ Lebanon sida dua sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awareɛ.’ Nanso, Lebanon wuram aboa bi a ɔretwam tiatiaa nkasɛɛ-nkasɛɛ no so sɛee no pasaa. 19 Woaka sɛ, ‘Maka* Edom agu.’+ Enti w’akoma ama ne ho so rehoahoa ne ho na worepɛ animuonyam. Hwɛ so tena wo fie.* Adɛn nti na worebɛpɛ wo ho asɛm ahwe ase ama Yuda nso ahwe ase bi?”
20 Nanso Amasia antie,+ ɛfiri sɛ Edom anyame a wɔkɔdii wɔn akyi nti,+ na nokorɛ Nyankopɔn no pɛ sɛ ɔde wɔn hyɛ atamfo nsa.+ 21 Enti Israel hene Yehoas kɔe, na ɔne Yuda hene Amasia de kɔbɔɔ ani wɔ Bet-Semes+ wɔ Yuda asaase so. 22 Yuda dii nkoguo wɔ Israel anim maa obiara dwane kɔɔ ne fie.* 23 Israel hene Yehoas kyee Yuda hene Amasia a ɔyɛ Yehoas ba a ɔno nso yɛ Yehoahas* ba no wɔ Bet-Semes. Ɛnna ɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛbuu Yerusalem fasuo no basafa 400* guu mu, ɛfiri Efraim Pono+ no ano kɔsi Ntwea So Pono+ no ano. 24 Ɔsesaa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma a ɛwɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie a ɛhyɛ Obed-Edom nsa nyinaa ne deɛ ɛwɔ ɔhene fie* akoraeɛ+ hɔ. Afei ɔfaa ebinom yɛɛ wɔn nkoa, na ɔsan kɔɔ Samaria.
25 Israel hene Yehoahas+ ba Yehoas wuo akyi no,+ Yuda hene Yehoas ba Amasia+ tenaa ase mfeɛ 15 kaa ho. 26 Amasia ho nsɛm a aka, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, hwɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu. 27 Ɛfiri da a Amasia twee ne ho firii Yehowa ho no, nkurɔfoɔ bɔɔ ne ho pɔ+ wɔ Yerusalem, enti ɔdwane kɔɔ Lakis, nanso wɔmaa mmarima kɔtii no wɔ Lakis kɔkum no wɔ hɔ. 28 Enti wɔde no too apɔnkɔ so bɛsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Yuda kuro mu.
26 Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Usia*+ a wadi mfeɛ 16 no, na wɔsii no hene maa no dii ne papa Amasia adeɛ.+ 2 Ɔno na ɔsan kyekyeree Elot+ maa no bɛdii Yuda nsam bio, berɛ a Ɔhene Amasia* ne n’agyanom kɔdaeɛ no.+ 3 Usia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 16, na ɔdii adeɛ mfeɛ 52 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yekolia, na na ɔfiri Yerusalem.+ 4 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so sɛdeɛ ne papa Amasia yɛeɛ no.+ 5 Sakaria te ase no, ɔkyerɛkyerɛɛ no maa no hunuu sɛdeɛ ɔbɛsuro nokorɛ Nyankopɔn no, na saa berɛ no, ɔkɔɔ so hwehwɛɛ Onyankopɔn. Berɛ a ɔhwehwɛɛ Yehowa nyinaa, nokorɛ Nyankopɔn no maa no sii no yie.+
6 Ɔfirii adi ne Filistifoɔ kɔkoe,+ na ɔbuu Gat fasuo,+ Yabne fasuo,+ ne Asdod fasuo+ guu mu. Ɛnna ɔkɔkyekyeree nkuro wɔ Asdod asaase so ne Filistifoɔ mu. 7 Nokorɛ Nyankopɔn no boaa no maa no dii Filistifoɔ, Arabiafoɔ+ a wɔtete Gurbaal, ne Meunimfoɔ so nkonim. 8 Ammonfoɔ+ firii aseɛ tuaa toɔ maa Usia. Ne din kɔɔ akyiri ara kɔduruu Egypt, ɛfiri sɛ ne tumi yɛɛ kɛse paa. 9 Bio nso, Usia totoo abantenten+ wɔ Ntwea So Pono,+ Ɛbɔn Pono,+ ne Adum no ho wɔ Yerusalem, na ɔsiesie maa no yɛɛ den. 10 Afei nso, ɔtotoo abantenten+ wɔ serɛ so, na ɔtutuu* mmura pii (ɛfiri sɛ na ɔwɔ nyɛmmoa bebree), na ɔyeyɛɛ bi nso wɔ Sefela ne asaasetraa* no so. Ná ɔwɔ akuafoɔ ne bobefuo* so ahwɛfoɔ wɔ mmepɔ so ne Karmel, ɛfiri sɛ na ɔpɛ kuadwuma.
11 Afei nso, na Usia wɔ asraafoɔ a wɔasiesie wɔn ama ɛko. Sɛ wɔrekɔ ɛko a, wɔkyekyɛ wɔn mu akuakuo. Wɔn a wɔkan wɔn twerɛtwerɛɛ wɔn din+ ne ɔtwerɛfoɔ Yeiel+ ne ɔpanin Maaseia, na na wɔhyɛ Hanania, ɔhene mpanimfoɔ no baako ase. 12 Ná agyanom abusuafie mpanimfoɔ a wɔdeda mmarima akatakyie no nyinaa ano dodoɔ yɛ 2,600. 13 Asraafoɔdɔm a wɔhyɛ wɔn ase yɛ 307,500; wɔyɛ mmarima akatakyie a wɔnim ko a wɔboa ɔhene ma no ko tia n’atamfo.+ 14 Usia yɛɛ akyɛm, mpea,+ nnadeɛ kyɛ, akotaadeɛ,+ agyan, ne akoraboɔ+ maa asraafoɔ no nyinaa. 15 Afei nso, ɔmaa mfidiyɛfoɔ yeyɛɛ mfidie a wɔde di ako wɔ Yerusalem, na wɔde sisii abantenten so+ ne ntwea so. Ná wɔtumi de to agyan ne aboɔ akɛseɛ. Enti ne ho asɛm duruu akyiri paa, ɛfiri sɛ ɔnyaa mmoa kɛseɛ na ɔyɛɛ den.
16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, n’akoma maa ne ho so, na ɛde no kɔɔ ɔsɛeɛ mu; wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokorɛ, ɛfiri sɛ ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhye aduhwam wɔ aduhwam afɔrebukyia no so.+ 17 Ɛhɔ ara na ɔsɔfoɔ Asaria ne Yehowa asɔfoɔ a wɔka ne ho, mmarima akokoɔdurofoɔ 80, dii n’akyi. 18 Ɛnna wɔka sii Ɔhene Usia anim sɛ: “Usia, ɛnyɛ ne kwan so sɛ wobɛhye aduhwam ama Yehowa!+ Asɔfoɔ no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhye aduhwam, ɛfiri sɛ wɔyɛ Aaron asefoɔ,+ na wɔn na wɔayɛ wɔn kronkron. Firi tenabea kronkron ha kɔ, na woafom; wei remma wonnya animuonyam biara wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.”
19 Nanso Usia bo fuu asɔfoɔ no.+ N’abufuo no ara mu na kwata+ fifirii ne moma so wɔ asɔfoɔ no anim. Saa berɛ no, na ɔkura aduhwamhyeɛ adeɛ no, na na ɔwɔ aduhwam afɔrebukyia no nkyɛn wɔ Yehowa fie hɔ. 20 Berɛ a ɔsɔfo panin Asaria ne asɔfoɔ no nyinaa twaa wɔn ani hwɛɛ no no, wɔhuu sɛ kwata afifi ne moma so. Enti wɔyɛɛ ntɛm piapiaa no firii hɔ, na ɔno nso de ahoɔherɛ firii adi, ɛfiri sɛ na Yehowa de ne nsa aka no.
21 Ɔhene Usia yaree kwata kɔsii sɛ ɔwuiɛ; ne kwata no nti wɔmaa no tee ne ho kɔtenaa fie bi mu;+ wannya kwan ankɔ Yehowa fie bio. Ne ba Yotam na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔno na ɔbuu ɔman no mu nnipa atɛn.+
22 Usia ho nsɛm a aka, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, Amus ba odiyifoɔ Yesaia twerɛɛ ne nyinaa too hɔ.+ 23 Usia ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, nanso ahemfo asieeɛ asaase no so baabi na wɔsiee no, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Ɔyɛ kwatani.” Na ne ba Yotam+ bɛdii n’adeɛ.
27 Yotam+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 16 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa, na na ɔyɛ Sadok babaa.+ 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so sɛdeɛ ne papa Usia yɛeɛ no.+ Ɔno deɛ, wammɔ anwura Yehowa asɔrefie hɔ.+ Nanso na ɔman no gu so reyɛ nneɛma bɔne. 3 Ɔsii atifi pono a ɛwɔ Yehowa fie no,+ na ɔyɛɛ Ofel fasuo+ no ho adwuma pii. 4 Ɔkyekyeree nkuro+ pii wɔ Yuda mmepɔ mu,+ na ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den+ totoo abantenten+ wɔ kwaeɛ mu. 5 Ɔne Ammon hene dii ako,+ na akyire yi ɔdii wɔn so nkonim. Enti saa afe no, Ammonfoɔ maa no dwetɛ dwetikɛseɛ* 100 ne hwiit kor* 10,000 ne baali* nso kor 10,000. Saa ara na Ammonfoɔ tua maa no afe a ɛtɔ so mmienu ne afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.+ 6 Enti Yotam kɔɔ so yɛɛ den, ɛfiri sɛ ɔmaa n’akwan dii mu* wɔ ne Nyankopɔn Yehowa anim.
7 Yotam ho nsɛm a aka, n’akodie ne n’akwan nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu.+ 8 Ɔbɛdii hene no na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 16 wɔ Yerusalem.+ 9 Yotam ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Dawid Kuro mu.+ Na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.+
28 Ahas+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 20, na ɔdii adeɛ mfeɛ 16 wɔ Yerusalem. Wanyɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no.+ 2 Mmom no, Israel ahemfo akwan so na ɔfaeɛ,+ na mpo ɔde dadeɛ yeyɛɛ Baal ahoni.*+ 3 Afei nso, ɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ Hinom Ba Bɔn* no mu, na ɔhyee ne mma wɔ gya mu;*+ enti akyiwadeɛ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+ 4 Ɔsan bobɔɔ afɔreɛ na ɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea,*+ nkokoɔ so, ne nnua kusuu nyinaa bi ase.+
5 Ɛnna ne Nyankopɔn Yehowa de no hyɛɛ Siria hene nsa+ maa no dii ne so nkonim, na wɔkyee nnipa bebree kɔɔ Damasko.+ Afei nso, Onyankopɔn de no hyɛɛ Israel hene nsa maa no kunkum ne nkurɔfoɔ pii. 6 Saa berɛ no, Remalia ba Peka+ kunkum mmarima akokoɔdurofoɔ 120,000 da koro wɔ Yuda, ɛfiri sɛ wɔgyaa Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn.+ 7 Afei nso, Efraim katakyie Sikri kum ɔhene ba Maaseia, ahemfie* panin Asrikam, ne ɔhene abadiakyire Elkana. 8 Bio nso, Israelfoɔ no kyee wɔn nua mmaa ne mmɔfra 200,000 kɔe, na wɔsesaa wɔn nneɛma pii, na wɔde kɔɔ Samaria.+
9 Nanso na Yehowa diyifoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Oded. Ɔfirii adi kɔhyiaa asraafoɔ a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Mo agyanom Nyankopɔn Yehowa bo fuu Yuda, enti na ɔde wɔn hyɛɛ mo nsa,+ na mode abufuo a emu yɛ den akunkum wɔn ama no akɔduru Onyankopɔn anim. 10 Afei mopɛ sɛ mode Yuda ne Yerusalemfoɔ yɛ mo nkoa ne mo mfenaa.+ Na mo nso, monyɛɛ bɔne ntiaa Yehowa mo Nyankopɔn anaa? 11 Afei montie me, na monsan mfa mo nuanom a mokyee wɔn no nkɔ, ɛfiri sɛ Yehowa bo afu mo paa.”
12 Ɛnna Efraim mma mu atitire bi, Yehohanan ba Asaria, Mesilemot ba Berekia, Salum ba Yehiskia, ne Hadlai ba Amasa kɔhyiaa wɔn a wɔakɔ ɛko reba no, 13 na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommfa nnipa a mokyee wɔn no mma ha, na ɛbɛma yɛadi fɔ wɔ Yehowa anim. Yɛn asodie dɔɔso dada, na morebɛyɛ ama yɛn bɔne ne yɛn asodie no bi abɛka ho, na Onyankopɔn bo afu Israel paa.” 14 Enti asraafoɔ no de nnipa a wɔkyee wɔn no ne nneɛma a wɔsesaeɛ+ no maa mpanimfoɔ no ne asafo no nyinaa. 15 Ɛnna mmarima a wɔbobɔɔ wɔn din yiyii wɔn no sɔreeɛ, na wɔfaa nnipa a wɔakye wɔn no, na wɔn a wɔdeda adagya no nyinaa, wɔyiyii ntaadeɛ firii nneɛma no mu maa wɔhyɛe. Enti wɔmaa wɔn ntaadeɛ ne mpaboa hyɛeɛ, na wɔmaa wɔn aduane ne deɛ wɔbɛnom, na wɔmaa wɔn ngo srae. Afei nso, wɔn a wɔntumi nnante nyinaa, wɔde wɔn tenatenaa mfunumu so de wɔn brɛɛ wɔn nuanom wɔ Yeriko, mmɛ kuro no mu. Ɛno akyi no, wɔsan wɔn akyi kɔɔ Samaria.
16 Saa berɛ no, Ɔhene Ahas srɛɛ Asiria ahemfo sɛ wɔmmɛboa no.+ 17 Edomfoɔ nso bae, na wɔbɛto hyɛɛ Yuda so na wɔkyee ebinom kɔe. 18 Filistifoɔ+ nso bɛto hyɛɛ Sefela+ ne Negeb nkuro a ɛwɔ Yuda no so, na wɔfaa Bet-Semes,+ Ayalon,+ Gederot, Soko ne ɛho nkuro, Timna+ ne ɛho nkuro, ne Gimso ne ɛho nkuro, na wɔtenatenaa hɔ. 19 Yehowa brɛɛ Yuda ase, ɛfiri sɛ Israel* hene Ahas maa Yuda tee atua, na wɔyɛɛ Yehowa bɔne kɛse.
20 Akyire yi, Asiria hene Tilgat-Pilneser*+ baeɛ, nanso wammɛhyɛ no den, na mmom ɔbɛteetee no.+ 21 Ná Ahas apra Yehowa fie ne ahemfie+ ne ɔman mpanimfoɔ no afie mu nneɛma nyinaa de akyɛ Asiria hene, nanso ankɔsi hwee. 22 Berɛ a Ɔhene Ahas refa ateetee mu no, afei koraa na na ɔreyɛ Yehowa bɔne. 23 Ɔfirii aseɛ bɔɔ afɔreɛ maa Damasko anyame+ a wɔkaa no guiɛ+ no; asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ: “Siria ahemfo anyame reboa wɔn, enti me nso mɛbɔ afɔreɛ ama wɔn na wɔaboa me.”+ Nanso wɔmaa ɔno ne Israel nyinaa hwee ase. 24 Afei nso, Ahas boaboaa nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ nneɛma ano, ɔtwitwaa nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ nneɛma mu asinasini,+ ɔtotoo Yehowa fie apono mu,+ na ɔsisii ɔno ara n’afɔrebukyia wɔ Yerusalem mmantwea baabiara. 25 Bio nso, ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea wɔ Yuda nkuro nyinaa mu sɛ wɔnhye afɔrebɔdeɛ mma anyame foforɔ,+ na ɔhyɛɛ Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn abufuo.
26 Ne ho nsɛm a aka ne n’akwan nyinaa, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu.+ 27 Ahas ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Yerusalem kuro no mu, nanso wɔamfa no ankɔ Israel ahemfo asieeɛ hɔ.+ Ɛnna ne ba Hesekia bɛdii n’adeɛ.
29 Hesekia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Abia, na na ɔyɛ Sakaria ba.+ 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so+ sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no.+ 3 N’ahennie afe a ɛdi kan, bosome a ɛdi kan no, ɔbuebuee Yehowa fie apono, na ɔsiesieeɛ.+ 4 Na ɔmaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no bae, na ɔboaboaa wɔn ano wɔ petee mu wɔ apueeɛ fam. 5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Lewifoɔ, montie me. Monnwira mo ho,+ na monyɛ Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn fie no kronkron, na monyiyi deɛ ɛho nteɛ mfiri kronkronbea hɔ.+ 6 Yɛn agyanom anni nokorɛ, na wɔyɛɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn ani so bɔne;+ wɔgyaa no na wɔyii wɔn ani firii Yehowa ntomadan so, na wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ no.+ 7 Wɔtotoo abantenten no apono nso mu,+ na wɔdundum nkanea no.+ Wɔgyaee aduhwam no hyeɛ,+ na wɔammɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ wɔ kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn bio. 8 Enti Yehowa bo fuu Yuda ne Yerusalem,+ na ɔde mmusuo baa wɔn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa hu wɔn a, wɔn ho bɛyera wɔn, wɔn ho bɛdwiri wɔn anaa wɔbɛdi wɔn ho fɛ,* sɛdeɛ mo ara mo ani tua yi.+ 9 Hwɛ, wei nti na wɔde sekan kunkum yɛn agyanom,+ na wɔde yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa ne yɛn yerenom kɔɔ obi man so.+ 10 Afei m’akoma so adeɛ ne sɛ me ne Israel Nyankopɔn Yehowa bɛyɛ apam+ na n’abufuhyeɛ afiri yɛn so. 11 Me mma, ɛnyɛ saa berɛ yi na ɛsɛ sɛ mototo mo adwuma ase,* ɛfiri sɛ Yehowa ayi mo sɛ monnyina n’anim nsom no na monyɛ n’asomfoɔ+ na monhye afɔrebɔdeɛ mma no.”+
12 Ɛnna Lewifoɔ yi sɔreeɛ: Kohat asefoɔ+ no ne, Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel. Merari asefoɔ+ no ne, Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria. Gerson asefoɔ+ no ne, Sima ba Yoa ne Yoa ba Eden. 13 Elisafan asefoɔ no ne, Simri ne Yeuel. Asaf asefoɔ+ no ne, Sakaria ne Matania. 14 Heman asefoɔ+ no ne, Yehiel ne Simei. Yedutan asefoɔ+ no ne, Semaia ne Usiel. 15 Afei wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔdwiraa wɔn ho, na sɛdeɛ ɔhene no nam Yehowa asɛm so de ahyɛdeɛ maeɛ no, wɔbaa sɛ wɔrebɛte Yehowa fie no ho.+ 16 Na asɔfoɔ no baa Yehowa fie hɔ bɛtee ho, na wɔyiyii nneɛma a ɛho nteɛ a wɔhuu no Yehowa asɔrefie hɔ no nyinaa kɔɔ Yehowa fie adihɔ.+ Na Lewifoɔ no nso de firii adi kɔɔ Kidron Bɔn+ no ho. 17 Enti wɔfirii aseɛ tee ho bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan, na bosome no da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔduruu Yehowa fie abantenten no ho;+ wɔde nnafua nwɔtwe tee Yehowa fie no ho, na wɔwiee adwuma no bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 16.
18 Wɔwieeɛ no, wɔkɔɔ Ɔhene Hesekia anim kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa fie no ne ɔhyeɛ afɔrebukyia+ ne ɛho nneɛma nyinaa+ yɛate ho, na ɛpono a wɔde paanoo a wɔde taataa so no* gu so+ ne ɛho nneɛma nyinaa nso, yɛate ho. 19 Afei nso, berɛ a Ɔhene Ahas di hene no, nneɛma a ne bɔne nti ɔyiyi firii hɔ no,+ yɛasiesie ate ne nyinaa ho,+ na ɛwɔ Yehowa afɔrebukyia no anim.”
20 Na Ɔhene Hesekia sɔree anɔpatutuutu kɔboaboaa kuro no mu mpanimfoɔ ano, na wɔbaa Yehowa fie hɔ. 21 Deɛ wɔde baeɛ ne anantwinini nson, adwennini nson, adwennini nkumaa nson, ne mpɔnkyenini nson a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ama ahennie no, tenabea kronkron no, ne Yuda.+ Na ɔka kyerɛɛ asɔfoɔ no, Aaron asefoɔ no sɛ, wɔmfa mmɔ afɔreɛ wɔ Yehowa afɔrebukyia no so. 22 Ɛnna wɔkunkum anantwie no,+ na asɔfoɔ no de mogya no petepetee afɔrebukyia no so;+ ɛno akyi no, wɔkunkum adwennini no, na wɔde mogya no petepetee afɔrebukyia no so, na wɔkunkum adwennini nkumaa no, na wɔde mogya no petepetee afɔrebukyia no so. 23 Afei wɔde mpɔnkyenini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no baa ɔhene ne badwa no anim na wɔde wɔn nsa guu wɔn so. 24 Ɛnna asɔfoɔ no kunkum wɔn, na wɔde wɔn mogya no bɔɔ bɔne ho afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so de pata maa Israel nyinaa, ɛfiri sɛ ɔhene kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne bɔne ho afɔreɛ no mma Israel nyinaa.
25 Saa berɛ no nyinaa na wama Lewifoɔ no abɛgyinagyina Yehowa fie hɔ, na wɔkurakura nnawuro,* asankuo, ne asankuten+ sɛdeɛ Dawid+ ne Gad+ a ɔyɛ ɔdehunufoɔ ma ɔhene ne odiyifoɔ Natan+ nnwontoɔ ho nhyehyɛeɛ teɛ, ɛfiri sɛ Yehowa nam n’adiyifoɔ no so na ɔyɛɛ ho nhyehyɛeɛ. 26 Enti, na Lewifoɔ no kurakura Dawid nnwontoɔ nneɛma no gyinagyina hɔ, ɛnna asɔfoɔ no nso kurakura ntotorobɛnto.+
27 Afei Hesekia kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no wɔ afɔrebukyia no so.+ Berɛ a wɔfirii aseɛ sɛ wɔrebɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, Yehowa dwom ne ntotorobɛnto no firii aseɛ, na wɔhyɛn maa ɛne Israel hene Dawid nnwontoɔ nneɛma no nnyegyeeɛ hyiaeɛ. 28 Na berɛ a wɔreto dwom na wɔrehyɛn ntotorobɛnto no nyinaa na badwa no nyinaa abobɔ wɔn mu ase. Wei nyinaa kɔɔ so kɔsii sɛ wɔwiee ɔhyeɛ afɔreɛ no. 29 Wɔwiee afɔrebɔ no ara pɛ, ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa koto de wɔn anim butubutuu fam. 30 Ɛnna Ɔhene Hesekia ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi Yehowa ayɛ.+ Enti wɔdii ahurisie kɛse yii no ayɛ, na wɔkoto de wɔn anim butubutuu fam.
31 Afei Hesekia kaa sɛ: “Seesei a wɔayi mo asi hɔ* ama Yehowa adwuma yi, mommra na momfa afɔrebɔdeɛ ne aseda afɔreɛ mmra Yehowa fie.” Enti badwa no de afɔrebɔdeɛ ne aseda afɔreɛ baeɛ, na obiara a n’akoma kaa no de ɔhyeɛ afɔreɛ baeɛ.+ 32 Ɔhyeɛ afɔreɛ a badwa no de baeɛ no dodoɔ si anantwie 70, adwennini 100, adwennini nkumaa 200; wɔde weinom nyinaa bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ maa Yehowa.+ 33 Afɔrebɔdeɛ kronkron no nso yɛ anantwie 600 ne nnwan 3,000. 34 Nanso na asɔfoɔ no nnɔɔso, na wɔantumi annwa mmoa a wɔde bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nyinaa. Enti wɔn nuanom Lewifoɔ no boaa wɔn+ kɔsii berɛ a wɔwiee adwuma no; wɔboaa wɔn kɔsii sɛ asɔfoɔ no dwiraa wɔn ho,+ ɛfiri sɛ na ahodwira ho hia Lewifoɔ no paa* sene asɔfoɔ no. 35 Afei nso, na ɔhyeɛ afɔreɛ+ no ne asomdwoeɛ afɔreɛ+ ho sradeɛ ne afɔrebɔ nsã a ɛka ɔhyeɛ afɔreɛ+ no ho no dɔɔso pii. Saa na ɛyɛeɛ a wɔsan firii Yehowa fie som adwuma no ase.* 36 Enti deɛ nokorɛ Nyankopɔn no ayɛ ama ɔman no, Hesekia ne ɔman no nyinaa dii ho ahurisie,+ ɛfiri sɛ biribiara kɔɔ ntɛm.
30 Hesekia soma kɔɔ Israel+ ne Yuda nyinaa, na ɔtwerɛɛ nkrataa nso kɔmaa Efraim ne Manase+ sɛ wɔmmra Yehowa fie wɔ Yerusalem mmɛdi Twam mma Israel Nyankopɔn Yehowa.+ 2 Na ɔhene ne ne mpanimfoɔ ne Yerusalem badwa no nyinaa bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛdi Twam no wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu no mu,+ 3 ɛfiri sɛ na asɔfoɔ a wɔadwira wɔn ho no nnɔɔso,+ enti wɔantumi anni no berɛ a ɛsɛ sɛ wɔdi.+ Afei nso, na ɔman no mmoaboaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. 4 Ɔhene ne badwa no nyinaa ani gyee nhyehyɛeɛ yi ho. 5 Enti wɔkaa sɛ wɔnka no Israel nyinaa, ɛfiri Beer-Seba kɔsi Dan,+ sɛ wɔmmra mmɛdi Twam no mma Israel Nyankopɔn Yehowa wɔ Yerusalem. Ná ɔman no nyinaa mmɔɔ mu nnii no sɛdeɛ wɔatwerɛ no.+
6 Ɛnna wɔtuu abɔfoɔ* de nkrataa a ɛfiri ɔhene ne ne mpanimfoɔ hɔ no kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, sɛ: “Israelfoɔ, monsan mmra Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn Yehowa nkyɛn, na ɔno nso bɛsan aba wɔn a wɔafiri Asiria ahemfo nsam aka no nkyɛn.+ 7 Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo nuanom a wɔanni mo agyanom Nyankopɔn Yehowa nokorɛ maa no sɛee wɔn sɛdeɛ monim yi.+ 8 Enti monnsene mo kɔn sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no.+ Mommrɛ mo ho ase mma Yehowa na mommra ne tenabea kronkron+ a wate ho afebɔɔ no mu, na monsom Yehowa, mo Nyankopɔn, na n’abufuhyeɛ afiri mo so.+ 9 Sɛ mosan ba Yehowa nkyɛn a, wɔn a wɔbɛfaa mo nuanom ne mo mma kɔeɛ no bɛhu wɔn mmɔbɔ,+ na wɔbɛma wɔasan aba asaase yi so,+ ɛfiri sɛ mo Nyankopɔn Yehowa wɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu,+ na mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfiri mo so.”+
10 Enti abɔfoɔ a wɔtuu wɔn* no kyinkyinii nkuro nkuro mu wɔ Efraim ne Manase asaase nyinaa so+ de kɔsii Sebulon, nanso nkurɔfoɔ seree wɔn, na wɔdii wɔn ho fɛ.+ 11 Ne nyinaa mu no, nnipa bi a wɔfiri Aser, Manase, ne Sebulon brɛɛ wɔn ho ase, na wɔbaa Yerusalem.+ 12 Nokorɛ Nyankopɔn no hyiraa Yuda maa wɔnyaa akoma korɔ de dii Yehowa asɛm a ɔhene ne ne mpanimfoɔ kaeɛ no so.
13 Bosome a ɛtɔ so mmienu mu no,+ nnipa pii boaboaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem sɛ wɔrebɛdi Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ+ no; ná wɔyɛ asafo kɛseɛ. 14 Wɔsɔree, na wɔyiyii abosom afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem+ ne aduhwamhyeɛ afɔrebukyia no nyinaa,+ na wɔkɔto guu Kidron Bɔn no mu. 15 Ɛno akyi no, wɔkum Twam dwan no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so 14; asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ani wuiɛ, enti wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔreɛ baa Yehowa fie hɔ. 16 Wɔgyinagyinaa wɔn gyinabea sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose Mmara no kyerɛ, na asɔfoɔ no de mogya a wɔgyee no Lewifoɔ nsam no petee afɔrebukyia no so.+ 17 Ná nnipa bebree wɔ badwa no mu a wɔnnwiraa wɔn ho, na Lewifoɔ no na wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnkunkum Twam nnwan no mma wɔn a wɔn ho nteɛ+ no mfa nnwira wɔn ho mma Yehowa. 18 Ná nnipa pii nnwiraa wɔn ho, titire wɔn a wɔfiri Efraim, Manase,+ Isakar, ne Sebulon no. Ne nyinaa akyi no, wɔdii Twam no, nanso ɛnyɛ saa na na akwankyerɛ no teɛ. Hesekia bɔɔ mpaeɛ maa wɔn sɛ: “Yehowa a ɔyɛ no+ mfa nkyɛ 19 obiara a wasiesie n’akoma sɛ ɔrehwehwɛ nokorɛ Nyankopɔn+ Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn no; sɛ onii no nnwiraa ne ho sɛdeɛ ɛsɛ mpo a, ɔmfa nkyɛ no.”+ 20 Na Yehowa tiee Hesekia, na ɔde nkurɔfoɔ no bɔne kyɛɛ wɔn.*
21 Enti Israelfoɔ a wɔbaa Yerusalem no de ahurisie kɛse dii Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ no nnanson,+ na Lewifoɔ ne asɔfoɔ no bɔɔ dwom dendeenden maa Yehowa da biara de yii Yehowa ayɛ.+ 22 Bio nso, Hesekia kaa akomatɔyam nsɛm kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔde adwempa resom Yehowa no nyinaa. Nnanson a wɔdii afahyɛ no nyinaa wɔdidii,+ wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ,+ na wɔdaa wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa ase.
23 Ɛnna badwa no nyinaa yɛɛ adwene sɛ wɔde nnanson bɛka ho, na wɔde ahurisie dii no nnanson bio.+ 24 Na Yuda hene Hesekia de afɔrebɔdeɛ maa badwa no; ɔde anantwinini 1,000 ne nnwan 7,000 baeɛ, na mpanimfoɔ no nso de anantwinini 1,000 ne nnwan 10,000 baeɛ.+ Na asɔfoɔ no pii dwiraa wɔn ho.+ 25 Na Yudafoɔ no nyinaa, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnipa a wɔfiri Israel baeɛ nyinaa,+ ahɔhoɔ+ a wɔfiri Israel abɛtena hɔ, ne ahɔhoɔ a wɔtete Yuda nyinaa dii ahurisie. 26 Ahurisidie kɛseɛ baa Yerusalem; ɛfiri Dawid ba, Israel hene Solomon berɛ so, ebi mmaa Yerusalem saa da.+ 27 Ɛnna Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no sɔreeɛ, na wɔhyiraa ɔman no.+ Onyankopɔn tee wɔn nne, na wɔn mpaebɔ duruu ne tenabea kronkron hɔ wɔ soro.
31 Wɔwiee weinom nyinaa pɛ, Israelfoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa kɔɔ Yuda nkuro mu, na wɔkɔbubuu abosom adum+ twitwaa abosonnua*+ no gui, na wɔbubuu sorɔnsorɔmmea*+ ne afɔrebukyia+ a ɛwowɔ Yuda ne Benyamin ne Efraim ne Manase+ nyinaa kɔsii sɛ wɔsɛee ne nyinaa pasaa; ɛno akyi no, Israelfoɔ no nyinaa, obiara san kɔɔ ne kuro mu, baabi a n’agyapadeɛ wɔ.
2 Afei Hesekia de asɔfoɔ ne Lewifoɔ no sisii wɔn nnwuma so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ,+ ekuo biara ne sɛdeɛ emu asɔfoɔ ne Lewifoɔ som teɛ,+ sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ, na wɔnsom na wɔmfa aseda ne ayeyie mma Yehowa wɔ n’asɔrefie.*+ 3 Ɔhene no yii nneɛma firii n’agyapadeɛ mu sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ ebi ne anɔpa ɔhyeɛ afɔreɛ, anwummerɛ ɔhyeɛ afɔreɛ,+ ne ɔhyeɛ afɔreɛ a wɔbɔ no Homeda biara,+ bosome foforɔ biara+ ne afahyɛ mmerɛ,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Yehowa Mmara mu no.
4 Afei nso, ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔtete Yerusalem no sɛ wɔmfa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no kyɛfa mma wɔn+ na ama wɔadi Yehowa mmara so pɛpɛɛpɛ.* 5 Berɛ a Israelfoɔ no tee asɛm no ara pɛ, wɔde hwiit,* bobesa foforɔ, ngo, ɛwoɔ, ne afuo mu nnɔbaeɛ nyinaa mu deɛ ɛdi kan ne deɛ ɛyɛ papa ba maa no buu so.+ Wɔde saa nneɛma yi nyinaa so ntotosoɔ du du bae.+ 6 Na Israelfoɔ ne Yudafoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no, wɔn nso de anantwie ne nnwan so ntotosoɔ du du ne nneɛma kronkron a wɔahyira so ama Yehowa wɔn Nyankopɔn so ntotosoɔ du du bae.+ Wɔde ba bɛsum hɔ akuakuo. 7 Wɔfirii aseɛ hyehyɛɛ nneɛma no akuakuo wɔ bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa mu,+ na wɔwiee bosome a ɛtɔ so nson mu.+ 8 Berɛ a Hesekia ne mpanimfoɔ no bɛhuu nneɛma a ɛsum hɔ no, wɔhyiraa Yehowa ne ne man Israel.
9 Hesekia bisaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nneɛma akuakuo no ho asɛm. 10 Ɛnna ɔsɔfo panin Asaria a ɔfiri Sadok fie no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛfiri berɛ a wɔfirii aseɛ de nneɛma no baa Yehowa fie no,+ ɔmanfoɔ no didi mee ma bebree ka, ɛfiri sɛ Yehowa ahyira ne man, na deɛ aka na ɛsum hɔ pii yi.”+
11 Ɛnna Hesekia kaa sɛ wɔnsiesie Yehowa fie adekora adan*+ no mu. Enti wɔsiesieeɛ. 12 Wɔde ntotosoɔ du du*+ no, nneɛma kronkron no, ne nneɛma a aka no baeɛ a wɔannyae.* Lewini Konania ne ɔpanin a na ɔhwɛ nneɛma no so, na ne nua Simei na na ɔyɛ n’abadiakyire. 13 Mpanimfoɔ a Ɔhene Hesekia yii wɔn sɛ wɔmmoa Konania ne ne nua Simei no nie: Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Yismakia, Mahat, ne Benai. Deɛ na ɔhwɛ nokorɛ Nyankopɔn no fie so ne Asaria. 14 Lewini Yimnah ba Kore na na ɔda apueeɛ pono no ano;+ ɔno na ɔhwɛɛ ayamyɛ afɔrebɔdeɛ+ a wɔde brɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no so, na ɔkyekyɛɛ nneɛma a wɔde brɛɛ Yehowa,+ ne nneɛma kronkron paa no.+ 15 Wɔn a wɔhyɛ n’ase ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria, ne Sekania; wɔn na wɔbuu wɔn anokwafoɔ de nnwuma hyehyɛɛ wɔn nsa, sɛ wɔnkyɛ mma wɔn nuanom a wɔakyekyɛ wɔn mu no wɔ asɔfoɔ no nkuro mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔpanin oo, kumaa oo, obiara bɛnya ne deɛ pɛpɛɛpɛ.+ 16 Ɛsono deɛ wɔkyekyɛ maa mmarima a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa rekɔ a wɔtwerɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ a daa wɔsom wɔ Yehowa fie na wɔyɛ nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn kuo nsa no.
17 Wɔtwerɛtwerɛɛ asɔfoɔ no din sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie teɛ;+ saa ara na wɔyɛɛ Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ+ sɛdeɛ nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn kuo nsa teɛ.+ 18 Wɔn mma nkumaa nyinaa, wɔn yerenom, wɔn mma mmarima, wɔn mma mmaa, ne asafo no nyinaa, wɔtwerɛɛ obiara din; adwuma a wɔbuu wɔn anokwafoɔ de hyɛɛ wɔn nsa no nti, wɔdwiraa wɔn ho maa nneɛma kronkron; 19 wɔne Aaron mma, asɔfoɔ a wɔtete nkuraa a atwa wɔn nkuro ho ahyia no.+ Kuro biara mu no, wɔyiyii mmarima bobɔɔ wɔn din sɛ wɔmfa mmarima a wɔyɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔatwerɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no biara kyɛfa mma no.
20 Hesekia yɛɛ wei wɔ Yuda nyinaa, na ɔyɛɛ deɛ ɛyɛ na ɛsɔ ne Nyankopɔn Yehowa ani, na ɔdii no nokorɛ. 21 Na adwuma biara a ɔyɛɛ no nokorɛ Nyankopɔn fie som mu anaa Mmara ne ahyɛdeɛ no mu sɛ ɔde bɛhwehwɛ ne Nyankopɔn no,+ ɔde n’akoma nyinaa na ɛyɛeɛ, na ɛsii no yie.
32 Nsɛm yi ne Hesekia nokorɛdie akyi no,+ Asiria hene Senaherib baa Yuda so, na ɔtwaa nkuro a wɔabɔ ho ban no ho hyiaeɛ; ná wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛbubu afasuo no akɔ mu na wagye afa.+
2 Berɛ a Hesekia huu sɛ Senaherib aba, na ɔpɛ sɛ ɔne Yerusalem bɛko no, 3 ɔne ne mpanimfoɔ ne n’akatakyie no faa adwene, na ɔsii gyinaeɛ sɛ ɔbɛsisi nsuwansuwa a ɛwowɔ kuro no akyi+ no, na wɔboaa no. 4 Nnipa bebree bɛhyiaeɛ, na wɔsisii nsutire ne nsubɔnten a ɛsene fa asaase no so nyinaa; wɔkaa sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo ba bɛnya nsuo pii wɔ ha?”
5 Bio nso, ɔmiaa n’ani san too fasuo no afã a adwiri agu no nyinaa, na ɔsisii abantenten wɔ so; ɔsan too fasuo foforɔ wɔ kuro no akyi, na ɔsiesiee Esie*+ a ɛwɔ Dawid Kuro mu no; afei ɔyeyɛɛ akodeɛ ne akyɛm bebree. 6 Ɛnna ɔde asahene sisii ɔman no so, na ɔboaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn wɔ petee mu wɔ kuro no pono ano, na ɔkaa wɔn akoma too wɔn yam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 7 “Monnya akokoɔduro na momma mo ho nyɛ den. Monnsuro, na mommmɔ hu ɛsiane Asiria hene+ ne ne dɔm a wɔka ne ho no nti, ɛfiri sɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sene wɔn a wɔka ne ho.+ 8 Ɔno deɛ, ɔhonam basa* na ɛka ne ho, na yɛn deɛ, Yehowa, yɛn Nyankopɔn na ɔka yɛn ho; ɔbɛboa yɛn na wako yɛn ko ama yɛn.”+ Enti Yuda hene Hesekia nsɛm no hyɛɛ ɔman no nkuran.+
9 Wei akyi, berɛ a Asiria hene Senaherib ne ne dɔm* nyinaa wɔ Lakis+ no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔka kyerɛɛ Yuda hene Hesekia ne Yudeafoɔ a wɔtete Yerusalem+ nyinaa sɛ:
10 “Deɛ Asiria hene Senaherib aka nie, ‘Yerusalem na wɔatwa ho ahyia yi, enti deɛn na mode mo ho ato so a moda so ara te mu yi?+ 11 Sɛ Hesekia ka sɛ: “Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɔbɛgye yɛn afiri Asiria hene nsam”+ a, ɛnyɛ nnaadaa na ɔredaadaa mo ama ɛkɔm ne sukɔm aku mo? 12 Ɛnyɛ Hesekia korɔ yi ara na ɔyiyii mo Nyankopɔn sorɔnsorɔmmea*+ ne n’afɔrebukyia+ na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: “Afɔrebukyia baako anim na monkoto, na ɛno ara so na monhye afɔrebɔdeɛ”+ no? 13 Enti monnim deɛ me ne m’agyanom de yɛɛ nsaase no so aman nyinaa?+ Nsaase no so aman no anyame tumi gyee wɔn nsaase firii me nsam anaa?+ 14 Amanaman a m’agyanom sɛee wɔn no anyame no mu hwan na ɔtumi gyee ne nkurɔfoɔ firii me nsam? Mo Nyankopɔn no na ɔbɛtumi agye mo afiri me nsam anaa?+ 15 Mommma Hesekia nnnaadaa mo nnto mo brada saa.+ Monnnye no nnni, ɛfiri sɛ ɔman anaa ahennie biara nni hɔ a ne nyame tumi gyee ne nkurɔfoɔ firii me ne m’agyanom nsam. Mo Nyankopɔn no na ɔbɛtumi agye mo afiri me nsam anaa?’”+
16 Ne nkoa nso kasa tiaa nokorɛ Nyankopɔn Yehowa ne n’akoa Hesekia. 17 Ɔtwerɛɛ nkrataa nso+ de didii Israel Nyankopɔn Yehowa atɛm,+ na ɔkasa tiaa no sɛ: “Sɛdeɛ nsaase no so aman no anyame antumi annye wɔn nkurɔfoɔ amfiri me nsam no,+ saa ara na Hesekia Nyankopɔn nso rentumi nnye ne nkurɔfoɔ mfiri me nsam.” 18 Wɔde nne kɛseɛ teaam wɔ Yudafoɔ kasa mu kyerɛɛ Yerusalemfoɔ a wɔwɔ afasuo no so no de bɔɔ wɔn hu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn akoma bɛtu, na wɔatumi afa kuro no.+ 19 Wɔkasa tiaa Yerusalem Nyankopɔn sɛdeɛ wɔkasa tiaa asaase so aman no anyame a wɔde nnipa nsa na ɛyɛeɛ no. 20 Nanso Ɔhene Hesekia ne Amus ba odiyifoɔ Yesaia+ kɔɔ so bɔɔ ho mpaeɛ, na wɔsu frɛɛ ɔsoro Nyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn.+
21 Ɛnna Yehowa somaa ɔbɔfoɔ bi kɔɔ Asiria hene asoɛeɛ hɔ, na ɔkunkum akatakyie,+ mpanimfoɔ, ne asahene no nyinaa, na Asiria hene de animguaseɛ san kɔɔ n’asaase so. Akyire yi, ɔkɔɔ ne nyame fie,* na ɔno ara ne mma de sekan kum no.+ 22 Enti Yehowa gyee Hesekia ne Yerusalemfoɔ firii Asiria hene Senaherib ne wɔn a wɔaka nyinaa nsam, na ɔmaa wɔn ho dwoo wɔn wɔ baabiara a wɔwɔ. 23 Na nnipa pii de akyɛdeɛ brɛɛ Yehowa wɔ Yerusalem, na wɔbrɛɛ Yuda hene Hesekia+ nneɛma a ɛsom bo; akyire yi ɔnyaa anidie wɔ aman nyinaa anim.
24 Saa nna no mu no, Hesekia yare maa anka ɔreyɛ awu, na ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ+ maa no tiee no, na ɔyɛɛ sɛnkyerɛnne* bi maa no.+ 25 Papa a wɔyɛɛ Hesekia nyinaa akyi no, n’ani ansɔ; mmom n’akoma maa ne ho so; wei maa Onyankopɔn bo fuu ɔne Yuda ne Yerusalem. 26 Nanso Hesekia yii ahomasoɔ no firii n’akoma mu brɛɛ ne ho ase;+ ɔne Yerusalemfoɔ. Na Yehowa abufuo amma wɔn so wɔ Hesekia berɛ so.+
27 Hesekia nyaa ahonyadeɛ ne animuonyam pii;+ ɔsisii adekora adan+ de dwetɛ, sika kɔkɔɔ, aboɔden aboɔ, balsam ngo, akyɛm ne nneɛma a ɛsom bo nyinaa guu mu. 28 Ɔsisii adekora adan nso de hwiit* ne bobesa foforɔ ne ngo guu mu, na ɔsisii adan maa nyɛmmoa ahodoɔ nyinaa bi ne ne nnwan. 29 Afei nso, ɔnyaa nkuro, nyɛmmoa, nnwan, ne anantwie bebree, ɛfiri sɛ Onyankopɔn maa no nyaa ne ho paa. 30 Hesekia na ɔsii Gihon+ nsuo no ano wɔ atifi fam,+ na ɔdanee ani kyerɛɛ atɔeɛ fam kɔɔ Dawid Kuro mu.+ Nnwuma a Hesekia yɛeɛ nyinaa, ɛsii no yie. 31 Ne nyinaa mu no, berɛ a Babilon mpanimfoɔ somaa wɔn ananmusifoɔ baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛnkyerɛnne*+ a asi asaase no so+ no, nokorɛ Nyankopɔn no gyaa no de sɔɔ no hwɛeɛ,+ na ama wahunu deɛ ɛwɔ n’akoma mu nyinaa.+
32 Hesekia ho nsɛm a aka ne ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a ɔdaa no adi+ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Amus ba odiyifoɔ Yesaia anisoadehunu mu+ wɔ Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu.+ 33 Hesekia ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ kokoɔ so, beaeɛ a ɛkɔ Dawid mma asieeɛ+ no; ɔwuiɛ no, Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa dii no ni. Na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.
33 Manase+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 12, na ɔdii adeɛ mfeɛ 55 wɔ Yerusalem.+
2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne; akyiwadeɛ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+ 3 Sorɔnsorɔmmea* a ne papa Hesekia bubuiɛ no,+ ɔsan sisiiɛ, na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal anyame; ɔsisii abosonnua,* ɔkotoo ɔsoro asafo nyinaa, na ɔsom wɔn.+ 4 Ɔsan sisii afɔrebukyia wɔ Yehowa fie;+ ná Yehowa aka efie no ho asɛm sɛ: “Yerusalem ne kuro a mede me din bɛto so afebɔɔ.”+ 5 Afei nso, ɔsisii afɔrebukyia maa ɔsoro asafo nyinaa wɔ Yehowa fie adihɔ mmienu hɔ.+ 6 Ɔno ara ne mma mpo, ɔhyee wɔn wɔ gya mu*+ wɔ Hinom Ba Bɔn no mu,+ na ɔdii nkonyaayie+ ne abosonkɔm akyi; ɔkɔɔ abisa, na ɔyii akɔmfoɔ ne asumanfoɔ.+ Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuo.
7 Ɔde ohoni a ɔde dua asene no kɔsii nokorɛ Nyankopɔn no fie+ a Onyankopɔn kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mayi efie yi ne Yerusalem afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ mede me din bɛto so afebɔɔ.+ 8 Na sɛ Israel hwɛ di Mmara, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a menam Mose so de maa wɔn no nyinaa so a, me nso merenyi wɔn* mfiri asaase a mede maa wɔn agyanom no so bio.” 9 Manase maa Yuda ne Yerusalemfoɔ tee atua, na wɔyɛɛ bɔne senee aman a Yehowa sɛee wɔn firii Israelfoɔ anim no.+
10 Daa, na Yehowa kasa kyerɛ Manase ne ne nkurɔfoɔ, nanso wɔantie.+ 11 Enti Yehowa maa Asiria hene dɔm so asahene baa wɔn so. Wɔde akɔtɔkorɔ kyee Manase* na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu guu no, na wɔde no kɔɔ Babilon. 12 Ne ho kyeree no no, ɔhwehwɛɛ ne Nyankopɔn Yehowa anim adom,* na ɔbrɛɛ ne ho ase paa wɔ n’agyanom Nyankopɔn anim. 13 Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa, na ɔhuu no mmɔbɔ, na ɔtiee ne nkotosrɛ yɛɛ no adom san de no baa Yerusalem bɛtenaa n’ahennwa so.+ Afei Manase bɛhuu sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn no.+
14 Ɛno akyi no, ɔtoo ɔfasuo foforɔ twaa Dawid Kuro+ no ho wɔ Gihon atɔeɛ fam,+ ɛfiri ɛbɔn* no mu de kɔsi Mpataa Pono+ no ho, na ɔde twaa Ofel+ ho hyia maa no kɔɔ soro tenteenten. Afei nso, ɔde asahene totoo Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban no nyinaa ano. 15 Ɛnna ɔyiyii ananafoɔ anyame ne honi no firii Yehowa fie hɔ,+ na ɔyiyii afɔrebukyia a ɔsisii wɔ Yehowa fie bepɔ so+ ne Yerusalem no nyinaa, na ɔmaa wɔkɔto guu kuro no akyi. 16 Bio nso, ɔsiesiee Yehowa afɔrebukyia no,+ na ɔfirii aseɛ bɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ+ ne aseda afɔreɛ+ wɔ so, na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnsom Israel Nyankopɔn Yehowa. 17 Ne nyinaa akyi no, na ɔman no da so bɔ afɔreɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, nanso na wɔbɔ ma Yehowa, wɔn Nyankopɔn.
18 Manase ho nsɛm a aka, mpaeɛ a ɔbɔɔ ne Nyankopɔn, ne adehunufoɔ nsɛm a wɔkɔɔ so ka kyerɛɛ no wɔ Yehowa, Israel Nyankopɔn din mu no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo ho abakɔsɛm mu. 19 Bio nso, mpaeɛ a ɔbɔeɛ+ ne sɛdeɛ wɔyɛɛ n’abisadeɛ maa no, bɔne a ɔyɛeɛ nyinaa, nokorɛ a wanni,+ baabi a ɔsisii sorɔnsorɔmmea ne abosonnua,*+ ne ahoni a ɔyeyɛeɛ ansa na ɔrebrɛ ne ho ase no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ adehunufoɔ a na wɔsom no no nsɛm mu. 20 Afei Manase ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ ne fie, na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ.+
21 Amon+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 22, na ɔdii adeɛ mfeɛ mmienu wɔ Yerusalem.+ 22 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne papa Manase yɛeɛ no;+ na ahoni a Amon papa Manase yeyɛeɛ no nyinaa,+ ɔbɔɔ afɔreɛ maa wɔn, na ɔsom wɔn. 23 Nanso wammrɛ ne ho ase wɔ Yehowa anim+ sɛdeɛ ne papa Manase brɛɛ ne ho ase no;+ mmom no, Amon maa ne bɔne dɔɔso. 24 Ɛwiee aseɛ no, ne nkoa bɔɔ ne ho pɔ,+ na wɔkum no wɔ ɔno ara ne fie. 25 Nanso asaase no sofoɔ kunkum wɔn a wɔbɔɔ Ɔhene Amon+ ho pɔ no nyinaa, na wɔsii ne ba Yosia+ hene maa no dii n’adeɛ.
34 Yosia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ nwɔtwe, na ɔdii adeɛ mfeɛ 31 wɔ Yerusalem.+ 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, na deɛ ne nana Dawid yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ; wammane ankɔ nifa anaa benkum.
3 N’ahennie afe a ɛtɔ so 8 mu, berɛ a ɔda so yɛ abɔfra no, ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ ne nana Dawid Nyankopɔn,+ na afe a ɛtɔ so 12 mu no, ɔfirii aseɛ tee Yuda ne Yerusalem ho+ yiyii sorɔnsorɔmmea*+ ne abosonnua* ne ahoni a wɔasene+ ne dadeɛ ahoni* no firii hɔ. 4 Bio nso, ɔhwɛ maa wɔbubuu Baal afɔrebukyia no, na nneɛma a wɔde hye aduhwam a ɛsisi so no, ɔtwitwaeɛ. Abosonnua* ne ahoni a wɔasene ne dadeɛ* ahoni no, ɔyam no muhumuhu de petepetee wɔn a na wɔbɔ afɔreɛ wɔ so no adamena so.+ 5 Afei ɔhyee asɔfoɔ no nnompe wɔ wɔn afɔrebukyia no so.+ Ɔyɛɛ saa de tee Yuda ne Yerusalem ho.
6 Na ɔkɔɔ Manase, Efraim,+ ne Simeon nkuro mu; ɔkɔe ara kɔduruu Naftali ne nkuro a adane amamfo mu, 7 na ɔkɔbubuu afɔrebukyia ne abosonnua* no, na ahoni a wɔasene+ no, ɔyam no muhumuhu; nneɛma a wɔde hye aduhwam no nso, ɔtwitwaa ne nyinaa firii Israel asaase so baabiara;+ ɛno akyi no, ɔsan baa Yerusalem.
8 N’ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no, na wate asaase no ne asɔrefie* no ho awie, na ɔsomaa Asalia ba Safan,+ amrado Maaseia, ne ɔhene krakye Yoahas ba Yoa sɛ wɔnkɔsiesie ne Nyankopɔn Yehowa fie hɔ.+ 9 Wɔbaa ɔsɔfo panin Hilkia nkyɛn, na sika a wɔde aba Onyankopɔn fie hɔ a na Lewifoɔ a wɔyɛ apono ano ahwɛfoɔ no aboaboa ano no, wɔde ne nyinaa kɔmaa no. Wɔnya firii Manase, Efraim, ne Israelfoɔ a aka nyinaa,+ ne Yuda, Benyamin, ne Yerusalemfoɔ hɔ. 10 Ɛnna wɔde hyɛɛ wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fie hɔ no nsa, na adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Yehowa fie hɔ no nso de siesiee efie no miamiaa mu. 11 Wɔde maa adwumfoɔ ne adansifoɔ sɛ wɔmfa ntɔ aboɔ a wɔapae ne nnua a wɔde bɛsosɔ dan no mu, na wɔmfa ntaaboɔ nsisi adan a Yuda ahemfo ahwɛ ama no asɛe no.+
12 Na mmarima no yɛɛ adwuma no pɛpɛɛpɛ.+ Lewifoɔ yi na wɔyii wɔn sɛ wɔnhwɛ mma wɔnyɛ adwuma no: Yahat ne Obadia a wɔyɛ Merari asefoɔ,+ ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Kohat asefoɔ.+ Lewifoɔ a wɔn nyinaa ho akokwa wɔ nnwom mu+ no, 13 wɔn na wɔhwɛɛ adwumayɛfoɔ a wɔsoasoa nneɛma ne wɔn a wɔyɛ nnwuma hodoɔ nyinaa bi no so. Ná Lewifoɔ no bi nso yɛ atwerɛfoɔ, mpanimfoɔ, ne apono ano ahwɛfoɔ.+
14 Berɛ a wɔreyi sika a wɔde aba Yehowa fie hɔ+ no, ɔsɔfoɔ Hilkia huu Yehowa Mmara nwoma+ a ɔnam Mose so* de maeɛ no.+ 15 Enti Hilkia ka kyerɛɛ ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: “Mmara nwoma no, makɔhu no Yehowa fie hɔ.” Ɛnna Hilkia de nwoma no maa Safan. 16 Na Safan de nwoma no baa ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ wode ahyɛ wo nkoa nsa nyinaa, wɔreyɛ. 17 Sika a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, wɔahwie de ahyɛ wɔn a wɔdeda adwuma ano ne adwumayɛfoɔ no nsa.” 18 Afei nso, ɔtwerɛfoɔ Safan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma bi ama me.”+ Ɛnna Safan firii aseɛ kenkan no ɔhene anim.+
19 Berɛ a ɔhene tee Mmara no mu nsɛm ara pɛ, ɔsuan n’ataadeɛ mu.+ 20 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Hilkia, Safan ba Ahikam,+ Mika ba Abdon, ɔtwerɛfoɔ Safan, ne ɔhene akoa Asaia sɛ: 21 “Nwoma a wɔahunu yi mu nsɛm nti, monkɔbisa Yehowa anom asɛm mma me ne Israelfoɔ ne Yudafoɔ a aka nyinaa, na Yehowa abufuo a ɛreba yɛn so no so, ɛfiri sɛ yɛn agyanom anni Yehowa asɛm so anyɛ deɛ wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa.”+
22 Ɛnna Hilkia ne wɔn a ɔhene somaa wɔn no kɔɔ odiyifoɔbaa Hulda nkyɛn.+ Ná ɔyɛ ntaadeɛ sohwɛfoɔ Harhas ba Tikwa ba Salum yere. Saa berɛ no, na odiyifoɔbaa no te Yerusalem Kuro Foforɔ no mu; ɛhɔ na wɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ no.+ 23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ: 24 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mede mmusuo bɛba kuro yi ne wɔn a wɔtete mu so;+ nnome a wɔatwerɛ no nwoma+ a wɔkenkan kyerɛɛ Yuda hene mu no, mede ne nyinaa reba. 25 Ɛsiane sɛ wɔagya me+ akɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ, na wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa ahyɛ me abufuo+ nti, m’abufuo bɛhwie agu kuro yi so, na ɛrennum.’”+ 26 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa Yehowa anom asɛm no, monka nkyerɛ no sɛ, “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Nsɛm a woteeɛ no,+ 27 ɛsiane sɛ woamma w’akoma anyɛ den* na wobrɛɛ wo ho ase wɔ Onyankopɔn anim berɛ a wotee nsɛm a wɔaka wɔ kuro yi ne wɔn a wɔtete mu ho, na wobrɛɛ wo ho ase m’anim, na wosuan w’ataadeɛ mu suu m’anim nti, me nso matie wo,+ Yehowa asɛm nie. 28 Ɛno nti mɛboaboa wo akɔka w’agyanom ho,* na wobɛkɔ wo damena mu asomdwoeɛ mu, na w’ani renhu mmusuo a mede reba kuro yi ne wɔn a wɔtete mu so no.’”’”+
Ɛnna wɔde mmuaeɛ no kɔmaa ɔhene. 29 Enti ɔhene de nkra kɔe, na wɔfrɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa baeɛ.+ 30 Afei Yuda mmarima nyinaa, Yerusalemfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ no ne ɔman no nyinaa, ɔkɛseɛ oo, kumaa oo, ɔhene ne wɔn kɔɔ Yehowa fie hɔ. Apam nwoma a wɔhuu no Yehowa fie hɔ no, ɔkenkan emu nsɛm no nyinaa kyerɛɛ wɔn.*+ 31 Ɔhene gyinaa ne gyinabea yɛɛ apam*+ wɔ Yehowa anim sɛ ɔbɛdi Yehowa akyi na ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra* nyinaa adi ne mmara nsɛm, ne nkaesɛm, ne n’ahyɛdeɛ so,+ na wadi apam no mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no so.+ 32 Afei ɔmaa wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Benyamin nyinaa gye toom sɛ wɔbɛdi so. Na Yerusalemfoɔ yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn agyanom Nyankopɔn apam no teɛ.+ 33 Afei akyiwadeɛ* a ɛwɔ Israelfoɔ asaase nyinaa so no, Yosia yiyii ne nyinaa+ na ɔmaa wɔn a wɔwɔ Israel nyinaa som wɔn Nyankopɔn Yehowa. Ne nkwa nna nyinaa,* nkurɔfoɔ no annyae wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa akyiri die.
35 Yosia dii Twam+ maa Yehowa wɔ Yerusalem; wɔkum Twam aboa no+ wɔ bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14.+ 2 Ɔde asɔfoɔ no sisii wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ Yehowa fie adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa no.+ 3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔyɛ kronkron wɔ Yehowa anim, Israel nyinaa akyerɛkyerɛfoɔ+ no sɛ: “Momfa Adaka kronkron no nkɔsi efie a Dawid ba, Israel hene Solomon siiɛ no mu;+ ɛnhia sɛ mosoa no mo mmati so bio.+ Afei monsom Yehowa mo Nyankopɔn ne ne man Israel. 4 Sɛdeɛ Israel hene Dawid+ ne ne ba Solomon+ twerɛeɛ no, monhyehyɛ mo ho akuakuo sɛdeɛ mo agyanom abusuafie teɛ, na monsiesie mo ho mma adwuma no. 5 Monnyinagyina kronkronbea hɔ sɛdeɛ mo agyanom abusuafie ne mo nkyekyɛmu teɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Lewifoɔ kuo biara bɛsom wɔn nuanom a aka no* abusuafie baako. 6 Monkum Twam aboa no,+ monnwira mo ho, monsiesie mo ho mma mo nuanom, na monyɛ sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔnam Mose so kaeɛ no teɛ.”
7 Yosia de adwennini nkumaa ne mpɔnkye nkumaa baa sɛ wɔmfa mmɔ Twam afɔreɛ mma obiara a ɔwɔ hɔ. Ná ne nyinaa dodoɔ si 30,000, ne anantwie 3,000. Wei nyinaa firi ɔhene agyapadeɛ mu.+ 8 Ne mpanimfoɔ no nso de ayamyɛ afɔrebɔdeɛ baa sɛ wɔmfa mmɔ ayamyɛ afɔreɛ mma ɔman no ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no. Hilkia,+ Sakaria, ne Yehiel, mpanimfoɔ a wɔwɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ nso de Twam mmoa 2,600, ne anantwie 300 maa asɔfoɔ no sɛ wɔmfa mmɔ afɔreɛ. 9 Konania ne ne nuanom Semaia ne Netanel, ne Hasabia, Yeiel, ne Yosabad a wɔyɛ Lewifoɔ mpanimfoɔ no de Twam mmoa 5,000 ne anantwie 500 baa sɛ wɔmfa mmɔ afɔreɛ mma Lewifoɔ no.
10 Wɔwiee ahoboa no, asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn gyinabea, na Lewifoɔ no biara gyinaa ne kuo mu+ sɛdeɛ ɔhene ahyɛdeɛ teɛ. 11 Wɔkum Twam mmoa no,+ na asɔfoɔ no de mogya a wɔgyeeɛ no petepetee afɔrebukyia no so,+ na Lewifoɔ no nso dwaa mmoa no.+ 12 Afei wɔsiesiee ɔhyeɛ afɔreɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛkyekyɛ ama ɔmanfoɔ no na wɔde akɔ Yehowa anim sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose nwoma mu no; saa na wɔyɛɛ anantwie no nso. Saa berɛ no, na wɔakyekyɛ ɔmanfoɔ no mu sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie teɛ. 13 Wɔnoaa* Twam afɔrebɔdeɛ no wɔ egya so sɛdeɛ ɛho amanneɛ teɛ;+ afɔrebɔdeɛ kronkron no nso wɔnoaa no asɛn ne nkukuo ne nyowa mu, na wɔyɛɛ ntɛm de brɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa. 14 Ɛno akyi no, wɔsiesiee bi maa wɔn ho ne asɔfoɔ no, ɛfiri sɛ asɔfoɔ no, Aaron asefoɔ no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ na wɔhyee sradeɛ no kɔsii anadwo, enti Lewifoɔ no siesiee bi maa wɔn ho ne asɔfoɔ no, Aaron asefoɔ no.
15 Na Asaf mma nnwontofoɔ+ no kɔɔ wɔn nnwuma so sɛdeɛ Dawid,+ Asaf,+ Heman, ne Yedutan+ a na ɔyɛ ɔdehunufoɔ ma ɔhene no hyehyɛ too hɔ no; na apono ano ahwɛfoɔ no gyinagyinaa apono no nyinaa ano.+ Ná ɛho nhia sɛ wɔgyae wɔn nnwuma, ɛfiri sɛ wɔn nuanom Lewifoɔ no siesiee biribi maa wɔn. 16 Wɔsiesiee Yehowa som adwuma ho biribiara saa da no sɛ wɔrebɛdi Twam no+ na wɔabobɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ Yehowa afɔrebukyia no so sɛdeɛ Ɔhene Yosia kaa sɛ wɔnyɛ no.+
17 Israelfoɔ a wɔwɔ hɔ no dii Twam no saa berɛ no, na wɔdii Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ no nso nnanson.+ 18 Ɛfiri odiyifoɔ Samuel berɛ so no, na wɔnnii Twam bi sɛ wei da wɔ Israel, na na Israel hene foforɔ biara nso nnii Twam no sɛdeɛ Yosia,+ asɔfoɔ no, Lewifoɔ no, Yudafoɔ, ne Israelfoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ diiɛ no. 19 Yosia ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu na wɔdii Twam yi.
20 Weinom nyinaa akyi, berɛ a Yosia siesiee asɔrefie* no wieeɛ no, Egypt hene Neko+ bɛdii ako wɔ Karkemis, Eufrate ho. Na Yosia kɔɔ sɛ ɔne no de rekɔsi ani.+ 21 Ɛnna ɔtuu abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn sɛ: “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yuda hene? Ɛnyɛ wo so na mereba nnɛ, mmom ɔman foforo na me ne wɔn rekɔko, na Onyankopɔn aka akyerɛ me sɛ menyɛ no ntɛm. Wompɛ wo ho asɛm a, hwɛ na wo ne Onyankopɔn a ɔka me ho no anni asie, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.” 22 Nanso Yosia annyae, na mmom ɔsakraa ne ho+ sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko asɛm a ɛfiri Onyankopɔn anom no. Enti ɔkɔɔ Megido Asaasetraa so+ ne no kɔkoeɛ.
23 Na agyantofoɔ too agyan wɔɔ Ɔhene Yosia, na ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Momfa me mfiri ha nkɔ na mapira pira bɔne.” 24 Enti ne nkoa no yii no firii teaseɛnam no mu de no kɔɔ ne ko teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu no mu, na wɔde no baa Yerusalem. Saa na ɛyɛeɛ a ɔwuiɛ, na wɔsiee no wɔ n’agyanom adamena mu.+ Yuda ne Yerusalem nyinaa suu Yosia. 25 Na Yeremia+ twaa Yosia ho awerɛhoɔ nnwom;* ɛnnɛ yi nyinaa, mmarima ne mmaa nnwontofoɔ no nyinaa+ da so bɔ Yosia din wɔ wɔn awerɛhoɔ nnwom mu; wɔhyɛɛ mmara sɛ wɔnto no Israel, na wɔatwerɛ aka wɔn awerɛhoɔ nnwom ho.
26 Yosia ho nsɛm a aka, ɔdɔ a ɛnni huammɔ a ɔdaa no adi sɛdeɛ wɔatwerɛ no Yehowa Mmara mu, 27 deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu.+
36 Ɛnna asaase no sofoɔ faa Yosia ba Yehoahas,+ na wɔsii no hene maa no dii ne papa adeɛ wɔ Yerusalem.+ 2 Yehoahas bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 23, na ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. 3 Nanso Egypt hene bɛtuu no adeɛ so wɔ Yerusalem, na ɔmaa asaase no sofoɔ tuaa dwetɛ dwetikɛseɛ* 100 ne sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ baako.+ 4 Afei nso, Egypt hene de Yehoahas nua Eliakim sii Yuda ne Yerusalem so hene, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Yehoiakim. Ne nua Yehoahas deɛ, Neko+ de no kɔɔ Egypt.+
5 Yehoiakim+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 11 wɔ Yerusalem. Ɔyɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn ani so bɔne.+ 6 Babilon hene Nebukadnesar+ baa ne so de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu bɛguu no na ɔde no kɔɔ Babilon.+ 7 Na Nebukadnesar sesaa Yehowa fie nneɛma no bi kɔɔ Babilon, na ɔde kɔguu n’ahemfie wɔ Babilon.+ 8 Yehoiakim ho nsɛm a aka, akyiwadeɛ a ɔyɛeɛ ne nneɛma bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu. Ne ba Yehoiakin bɛdii n’adeɛ.+
9 Yehoiakin+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 18, na ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa ne dadu wɔ Yerusalem. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.+ 10 Afe no mfitiaseɛ* no, Ɔhene Nebukadnesar soma maa wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom bo kaa ho bae.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.+
11 Sedekia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 21, na ɔdii adeɛ mfeɛ 11 wɔ Yerusalem.+ 12 Ɔyɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn ani so bɔne. Wammrɛ ne ho ase amma odiyifoɔ Yeremia+ a ɔnam Yehowa asɛm so kasaeɛ no. 13 Ɔhene Nebukadnesar+ a ɔmaa no kaa ntam wɔ Onyankopɔn din mu no nso, ɔtee ne so atua; ɔkɔɔ so yɛɛ asoɔden* na ɔmaa n’akoma yɛɛ den, na wansan amma Yehowa, Israel Nyankopɔn nkyɛn. 14 Asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no nyinaa nso maa wɔn bɔne dɔɔso bebree, na wɔyɛɛ akyiwadeɛ a amanaman no yɛeɛ no nyinaa bi de guu Yehowa fie a wayɛ no kronkron wɔ Yerusalem no ho fĩ.+
15 Wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mprɛ pii, ɛfiri sɛ na ne man ne n’asɔrefie* no yɛ no mmɔbɔ. 16 Nanso wɔkɔɔ so goroo nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo baa ne man so,+ kɔsii sɛ wɔannya ayaresa bio.
17 Enti ɔmaa Kaldeafoɔ hene+ de sekan baa wɔn so bɛkunkum wɔn mmeranteɛ+ wɔ wɔn tenabea kronkron hɔ,+ na aberanteɛ oo, ɔbaabunu oo, ɔpanin oo, deɛ wago oo, wanhu obiara mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.+ 18 Nokorɛ Nyankopɔn no fie nneɛma nyinaa, nketewa ne akɛseɛ, Yehowa fie akoradeɛ, ne ɔhene ne ne mpanimfoɔ akoradeɛ nso, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babilon.+ 19 Ɔhyee nokorɛ Nyankopɔn fie no,+ na ɔdwirii Yerusalem afasuo no guiɛ;+ kuro no abandenden nso, ɔde gya hyee ne nyinaa, na kuro no mu nneɛma a ɛsom bo nyinaa ɔsɛee no pasaa.+ 20 Ɔde wɔn a wɔfiri sekan ano kaeɛ no kɔɔ Babilon,+ na wɔyɛɛ nkoa maa ɔne ne mma kɔsii sɛ Persia ahemman bɛnyaa tumi.+ 21 Wei maa Yehowa asɛm a ɔmaa Yeremia kaeɛ no baa mu+ kɔsii sɛ asaase no home de tuaa home nna ka a ɛde no.+ Nna dodoɔ a ɛdaa hɔ kwa* no, ɛhomee ara kɔsii sɛ mfeɛ 70 duruiɛ.+
22 Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia+ so kaeɛ no bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* maa no bɔɔ dawuro wɔ n’ahennie nyinaa mu, na ɔsan twerɛɛ+ sɛ: 23 “Sɛdeɛ Persia hene Kores seɛ nie, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahennie nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ mensi fie mma no wɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda.+ Obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn Yehowa nni n’akyi. Ma no mforo nkɔ.’”+
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “hwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan.”
Nt., “bɛdi ɔman yi anim de wɔn akɔ de wɔn aba.”
Anaa “w’atamfo kra.”
Nt., “nna dodoɔ.”
Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”
Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔkra firii Egypt ne Kue; ná ɔhene aguadifoɔ no tɔ firi Kue,” na ɛbɛtumi aba sɛ Kue no ara ne Kilikia.
Anaa “ahemfie.”
Anaa “ahemfie.”
Kyerɛ sɛ, paanoo a wɔde kyerɛ no.
Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “de atɛn nsuo ani.”
Basafa a obiara nim no, na ɛyɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5), nanso ebinom susu sɛ “sɛdeɛ na wɔsusu nneɛma kane,” a wɔaka ho asɛm wɔ ha no kyerɛ basafa foforɔ bi a na ne tenten yɛ sɛnt. 51.8 (ntk. 20.4). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ne ntwemu ne efie no tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20.”
Tete nsaano ntwerɛeɛ binom ka sɛ ɛyɛ basafa “120,” ɛnna nsaano ntwerɛeɛ afoforɔ ne Bible nkyerɛaseɛ binom nso ka sɛ ɛyɛ “basafa 20.”
Anaa “ɔdii mmɛdua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwini wɔ so.”
Anaa “ɔdii kerubim adwini.”
Nt., “fie.”
Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “fie.”
Kyerɛ sɛ, wɔn anim kyerɛ Kronkronbea hɔ.
Anaa “pomegranate.”
Anaa “anaafoɔ.”
Anaa “atifi.”
Ɛkyerɛ, “Ɔmma [kyerɛ sɛ, Yehowa mma] No Ntim Pintinn.”
Ɛbɛtumi akyerɛ “Ahoɔden Mu.”
Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “nsuo a ɛtumi kɔ mu yɛ.”
Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “pomegranate.”
Anaa “dɔteɛ a ɛsɔ.”
Kyerɛ sɛ, Apata Afahyɛ.
Anaa “Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ.”
Hebri asɛmfua no kyerɛ nnadeɛ ntraantraa mmienu a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, ɛgyegye kyan-kyan.
Nt., “wo ba a ɔbɛfiri w’asene mu aba.”
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ne yɔnko no frɛ nnome ba ne so.” Kyerɛ sɛ, ɔma no ka ntam sɛ deɛ ɔreka no, sɛ ɛyɛ nkontompo a, nnome mmra ne so.
Nt., “nnome.”
Nt., “nnome.”
Nt., “bu ɔteneneeni no ɔteneneeni.”
Anaa “woahiahia wɔn ho.”
Nt., “wɔn apono nkuro.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mpaeɛ a ɛfa efie yi ho.”
Nt., “nyi deɛ woasra no no ani mfiri w’anim.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ Lewifoɔ no.
Anaa “Hamat kwan ano.”
Afahyɛ da no adekyeeɛ anaa da a ɛtɔ so 15.
Anaa “ɔhene fie.”
Nt., “wɔde ayɛ akasabebuo.”
Anaa “n’ahemfie.”
Nt., “Israel mma.”
Anaa “ɔsan kyekyereeɛ.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Anaa “Asese.”
Anaa “wɔhyehyɛɛ biribiara yie; wɔwieeɛ.”
Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “aborɔme.”
Anaa “ɔde nnipa pii.”
Nt., “ná ahome biara nni ne mu bio.”
Anaa “wo nsɛm.”
Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ɔhene fie.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔhene de akyɛdeɛ a ne dodoɔ te sɛ deɛ ɔde baeɛ no kaa ho maa no.”
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Akyɛm nketewa a agyantofoɔ taa kura.
Hebri Twerɛsɛm mu no, bɛnnaa baako yɛ gram 570. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ɔsono se.”
Anaa “koohaa; akokɔnini-abankwaa.”
Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Anaa “mpire.”
Nt., “ntomadan mu.”
Nt., “wɔayi wɔn.”
Anaa “bobesa.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “sorɔnsorɔmmea no ne mpɔnkye no.”
Kyerɛ sɛ, Rehoboam ne Mahalat.
Tete mmerɛ mu no, na ɛyɛ ɔbaa a ɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, ɔbaa a obi aware no aka ne yere ho.
Nt., “ahennie.”
Anaa “ɔhene fie.”
Anaa “ɔhene fie.”
Nt., “ammirikatufoɔ.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Maaka wɔ 1Ahe 15:2 ne 2Be 11:20-22 no.
Nt., “wɔayi wɔn.”
Nt., “wɔayi wɔn.”
Kyerɛ sɛ, apam a ɛbɛtim hɔ daa.
Nt., “bɛhyɛ ne nsam.”
Kyerɛ sɛ, paanoo a wɔde kyerɛ no.
Nt., “wɔayi wɔn.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “ɛpono a ɛbɔ ho mmienu.”
Akyɛm nketewa a agyantofoɔ taa kura.
Nt., “Nna.”
Nt., “na asomdwoeɛ bi nni hɔ mma deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu.”
Nt., “mo nsam nngo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Asa nna.”
Anaa “ɔresiesie Rama ama no ayɛ den.”
Anaa “obiara rentumi mfiri Yuda hene Asa asaase so mma anaa obiara rentumi nkɔ hɔ.”
Anaa “ɔhene fie.”
Anaa “nhyehyɛeɛ.”
Anaa “nhyehyɛeɛ.”
Anaa “Rama a ɔresiesie ama no ayɛ den no.”
Anaa “ɔde kɔhyɛɛ Geba ne Mispa nkuro no den.”
Anaa “sɛ ɔbɛdi aboa.”
Nt., “ɔde no bɔɔ dua mu wɔ nneduafie.”
Ɛbɛyɛ sɛ nnuhwam na wɔhyeeɛ, na ɛnyɛ sɛ wɔhyee Asa amu.
Nt., “ɔnantee ne mmara nsɛm mu.”
Nt., “N’akoma nyaa akokoɔduro.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔne no kae ara maa no tee aseɛ.”
Anaa “bɛpiapia.”
Anaa “ɔbɔfoɔ.”
Nt., “ne paanoo.”
Anaa “too n’agyan a n’ani nna.”
Nt., “nsraban yi mu.”
Anaa “n’ahemfie.”
Anaa “asomdwoeɛ mu.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “w’akoma si pi.”
Anaa “braeb.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Meunimfoɔ.”
Ɛbɛyɛ sɛ Ɛpo a Awuo.
Nt., “ɔde sii n’ani so.”
Anaa “nni mmuada.”
Nt., “aba.”
Nt., “mma mmarima.”
Anaa “subɔn.”
Anaa “moatumi agyina.”
Anaa “Asaasetraa no so.”
Nt., “wɔhyiraa Yehowa.”
Ɛkyerɛ, “Nhyira.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Yuda.” Wɔtaa de “Israel” gyina hɔ ma “Yuda” wɔ 2 Berɛsosɛm.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, wɔkɔsom anyame foforɔ.
Anaa “da biara da.”
Nt., “Filistifoɔ no honhom.”
Anaa “ahemfie.”
Wɔsan frɛ no Ahasia.
Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoahas wɔ 2Be 21:17 no.
Nt., “babaa.”
Hebri nsaano ntwerɛeɛ bi mu no, wɔfrɛ no “Asaria.”
Anaa “ɔyare.”
Nt., “ba.”
Nt., “ɔntwa Ahab fiefoɔ ngu.”
Nt., “ahennie aba.”
Kyerɛ sɛ, ɔbaa a ɔhwɛ no ma no nufoɔ no.
Anaa “ahemfie.”
Nt., “Ɔhene nkorɔeɛ ne ne mmaeɛ mu.”
Akyɛm nketewa a agyantofoɔ taa kura.
Anaa “wɔbɔɔ no ahemmotire.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ nwoma mmobɔeɛ a Onyankopɔn Mmara no wom.
Nt., “n’adum ho.”
Ɛkyerɛ pɔ bɔne a nkurɔfoɔ bɔ wɔ obi ho.
Anaa “ahemfie.”
Anaa “abosomfie.”
Anaa “ahemfie.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “kɔsii sɛ obiara de ne deɛ baeɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Onyankopɔn abufuo baa Yuda ne Yerusalem so.”
Anaa “wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ.”
Nt., “kataa.”
Kyerɛ sɛ, Sakaria papa.
Nt., “Afe no soeɛ.”
Kyerɛ sɛ, Siriafoɔ.
Anaa “wɔagya no nyarewa pii.”
Anaa “ ɔba.” Ɛbɛtumi aba sɛ dodoɔ kabea a wɔde yɛɛ adwuma no kyerɛ anidie.
Nt., “wɔayi wɔn.”
Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “yɛnko.”
Nt., “Woaka.”
Anaa “w’ahemfie.”
Nt., “ntomadan mu.”
Wɔsan frɛ no Ahasia.
Ɛbɛyɛ mita 178 (anm. 584). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ahemfie.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Asaria wɔ 2Ahe 14: 21; 15:1 no.
Nt., “ɔhene no.”
Anaa ɛbɛtumi aba sɛ “ɔtu firii abotan mu.”
Anaa “bepɔ so asaase tratra.”
Anaa “bobeturo.”
Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “ɔsiesiee n’akwan.”
Anaa “ɔguu Baal ahoni.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Gehenna.”
Nt., “ɔmaa ne mma faa gya mu.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “efie.”
Anaa “Yuda.” Wɔtaa de “Israel” gyina hɔ ma “Yuda” wɔ 2 Berɛsosɛm.
Anaa “Tiglat-Pilesa.”
Anaa “wɔbɛbɔ wɔn so hwerɛma.”
Anaa “mohome mo adwuma so.”
Kyerɛ sɛ, paanoo a wɔde kyerɛ no.
Hebri asɛmfua no kyerɛ nnadeɛ ntraantraa mmienu a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, ɛgyegye kyan-kyan.
Nt., “moahyɛ mo nsam den.”
Nt., “na Lewifoɔ no asiesie wɔn akoma.”
Anaa “wɔsiesiee Yehowa fie som no.”
Nt., “ammirikatufoɔ.”
Nt., “ammirikatufoɔ.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Nt., “ɔsaa nnipa no yareɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “ne nsraban mu.”
Anaa “wɔatu wɔn ho asi hɔ koraa ama Yehowa mmara.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “adidibea adan”
Anaa “taet.”
Nt., “baa nokorɛdie mu.”
Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “baabi a ɛhɔ apagya.”
Anaa “nnipa ahoɔden.”
Anaa “n’asraafoɔ ne ne mpanimfoɔ.”
Nt., “ne sorɔnsorɔmmea.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “n’abosom dan mu.”
Anaa “anwonwadeɛ.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “anwonwadeɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Ɔmaa ne mma faa gya mu.”
Nt., “merenyi wɔn nan.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔkyee Manase wɔ tokuro bi mu.”
Anaa “ɔhwehwɛɛ ne Nyankopɔn Yehowa.”
Anaa “subɔn.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ahoni a wɔaguo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “dadeɛ a wɔanane de ayɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “efie.”
Nt., “Mose nsa so.”
Nt., “womaa w’akoma yɛɛ mmerɛ.”
Wei yɛ kasakoa, na ɛkyerɛ sɛ obi awu.
Anaa “wɔ wɔn nyinaa asom.”
Anaa “hyɛɛ apam no mu den.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “abosom.”
Nt., “Ne nna nyinaa.”
Nt., “ɔman mma no.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔtotõõ.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Nt., “efie.”
Anaa “kwadwom.”
Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Kyerɛ sɛ, berɛ a nneɛma fefɛ.
Anaa “ɔkɔɔ so senee ne kɔn.”
Nt., “ne tenabea.”
Anaa “ɛyɛɛ amamfo.”
Nt., “kanyan Persia hene Kores honhom.”