Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt nkr. 214-215
  • Numeri Nwoma No Mu Nsɛntitire

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Numeri Nwoma No Mu Nsɛntitire
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Exodus Nwoma No Mu Nsɛntitire
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Numeri Nwoma No Mu Nsɛntitire

NUMERI

EMU NSƐNTITIRE

  • 1

    • Wɔtwerɛɛ mmarima a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no din (1-46)

    • Lewifoɔ nka wɔn a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no ho (47-51)

    • Wɔhyehyɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asoɛeɛ hɔ (52-54)

  • 2

    • Wɔhyehyɛɛ asoɛeɛ hɔ nnipa maa mmusuakuo mmiɛnsa biara yɛɛ asafo baako (1-34)

      • Yuda mmusuakuo mmiɛnsa asafo no wɔ apueeɛ (3-9)

      • Ruben mmusuakuo mmiɛnsa asafo no wɔ anaafoɔ (10-16)

      • Lewi asoɛeɛ wɔ mfimfini (17)

      • Efraim mmusuakuo mmiɛnsa asafo no wɔ atɔeɛ (18-24)

      • Dan mmusuakuo mmiɛnsa asafo no wɔ atifi (25-31)

      • Mmarima a wɔtwerɛɛ wɔn din no nyinaa dodoɔ (32-34)

  • 3

    • Aaron mma (1-4)

    • Onyankopɔn yii Lewifoɔ sɛ wɔnsom (5-39)

    • Wɔtuaa agyedeɛ de gyee mmakan (40-51)

  • 4

    • Kohatfoɔ adwuma (1-20)

    • Gersonfoɔ adwuma (21-28)

    • Merarifoɔ adwuma (29-33)

    • Nnipa a wɔkan wɔn no dodoɔ (34-49)

  • 5

    • Monyi deɛ ne ho nteɛ mfiri mo mu (1-4)

    • Ɔnka ne bɔne na ɔnhyɛ ananmu (5-10)

    • Nsuo a wɔde ma obi de hwɛ sɛ wasɛe awareɛ anaa (11-31)

  • 6

    • Nasirifoɔ bɔhyɛ (1-21)

    • Sɛdeɛ asɔfoɔ hyira ɔman no (22-27)

  • 7

    • Nneɛma a wɔde bɔɔ afɔreɛ berɛ a wɔhyiraa ntamadan no so (1-89)

  • 8

    • Aaron sosɔɔ nkanea nson no (1-4)

    • Wɔtee Lewifoɔ ho, na wɔfirii aseɛ somee (5-22)

    • Mfeɛ a Lewini di a ɔtumi som ne deɛ ɔdi a ɔgyae som (23-26)

  • 9

    • Nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ ma wɔn a Twam no pa wɔn tiri so (1-14)

    • Mununkum ne egya kataa ntomadan no so (15-23)

  • 10

    • Ntotorobɛnto a wɔde dwetɛ ayɛ (1-10)

    • Wɔtu firii Sinai (11-13)

    • Wɔtuu nnidisoɔ nnidisoɔ (14-28)

    • Wɔka kyerɛɛ Hobab sɛ ɔnkyerɛ Israelfoɔ kwan (29-34)

    • Mpaeɛ a na Mose bɔ berɛ a wɔretu afiri wɔn asoɛeɛ (35, 36)

  • 11

    • Anwiinwii maa egya firii Onyankopɔn hɔ bae (1-3)

    • Nkurɔfoɔ no sui sɛ wɔrepɛ nam awe (4-9)

    • Mose tee nka sɛ ɔmfata (10-15)

    • Yehowa de ne honhom maa mpanimfoɔ 70 (16-25)

    • Eldad ne Medad; Yosua twee ninkunu maa Mose (26-30)

    • Onyankopɔn piaa mmoko bae; ɔman no adifudepɛ nti, ɔtwee wɔn aso (31-35)

  • 12

    • Miriam ne Aaron sɔre tiaa Mose (1-3)

      • Mose dwo sene onipa biara (3)

    • Yehowa gyinaa Mose akyi (4-8)

    • Kwata yɛɛ Miriam (9-16)

  • 13

    • Akwansrafoɔ 12 a wɔsomaa wɔn kɔɔ Kaanan no (1-24)

    • Akwansrafoɔ du de amanneɛbɔ a ɛtu akoma na ɛbaeɛ (25-33)

  • 14

    • Ɔman no pɛ sɛ wɔsan kɔ Egypt (1-10)

      • Amanneɛbɔ pa a Yosua ne Kaleb de baeɛ (6-9)

    • Yehowa bo fuu ɔman no; Mose paa kyɛw maa wɔn (11-19)

    • Onyankopɔn twee wɔn aso: Ɔmaa wɔnantee serɛ so mfeɛ 40 (20-38)

    • Amalekfoɔ dii Israelfoɔ so nkonim (39-45)

  • 15

    • Afɔrebɔ ho mmara (1-21)

      • Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛtena wɔn mu (15, 16)

    • Bɔne a wɔanhyɛ da; ɛho afɔreɛ (22-29)

    • Bɔne a wɔhyɛ da yɛ; ɛho asotwe (30, 31)

    • Wɔkuu obi a ɔsɛee Homeda (32-36)

    • Ɛsɛ sɛ wɔnwene mmɛsa wɔ wɔn ntaadeɛ ano (37-41)

  • 16

    • Kora, Datan, ne Abiram atuateɛ (1-19)

    • Atemmuo a ɛbaa atuatefoɔ no so (20-50)

  • 17

    • Aaron poma fefɛe; ɛdii adanseɛ sɛ Aaron na Onyankopɔn ayi no (1-13)

  • 18

    • Asɔfoɔ ne Lewifoɔ no adwuma (1-7)

    • Asɔfoɔ kyɛfa (8-19)

      • Nkyene apam (19)

    • Wɔde biribiara mu nkyɛmu du mu baako bɛma Lewifoɔ, na wɔn nso bɛyi biribiara mu nkyɛmu du mu baako sɛ ntoboa (20-32)

  • 19

    • Nantwie kɔkɔɔ no ne nsuo a wɔde tee ɔman no ho (1-22)

  • 20

    • Miriam wuu wɔ Kades (1)

    • Mose de poma bɔɔ ɔbotan mu; ɔyɛɛ bɔne (2-13)

    • Edomfoɔ amma Israelfoɔ amfa wɔn asaase so (14-21)

    • Aaron wui (22-29)

  • 21

    • Wɔdii Arad hene so nkonim (1-3)

    • Ɔwɔ a wɔde kɔbere ayɛ (4-9)

    • Israelfoɔ nante twaa Moab ho hyiae (10-20)

    • Wɔdii Amorifoɔ hene Sihon so nkonim (21-30)

    • Wɔdii Amorifoɔ hene Og so nkonim (31-35)

  • 22

    • Balak bɔɔ Baalam paa (1-21)

    • Baalam afunumu kasae (22-41)

  • 23

    • Baalam anwensɛm a ɛdi kan (1-12)

    • Baalam anwensɛm a ɛtɔ so mmienu (13-30)

  • 24

    • Baalam anwensɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa (1-11)

    • Baalam anwensɛm a ɛtɔ so nnan (12-25)

  • 25

    • Israelfoɔ ne Moabfoɔ mmaa yɛɛ bɔne (1-5)

    • Finehas yɛɛ ho biribi (6-18)

  • 26

    • Wɔkan Israel mmusuakuo ne mprenu so (1-65)

  • 27

    • Selofehad mma mmaa (1-11)

    • Wɔyii Yosua sɛ ɔnsi Mose anan (12-23)

  • 28

    • Sɛdeɛ na wɔbɔ afɔreɛ ahodoɔ (1-31)

      • Afɔreɛ a na wɔbɔ no daa (1-8)

      • Afɔreɛ a na wɔbɔ no Homeda (9, 10)

      • Afɔreɛ a na wɔbɔ no bosome biara (11-15)

      • Afɔreɛ a na wɔbɔ berɛ a wɔredi Twam no (16-25)

      • Afɔreɛ a na wɔbɔ berɛ a wɔredi Nnawɔtwe Afahyɛ no (26-31)

  • 29

    • Sɛdeɛ na wɔbɔ afɔreɛ ahodoɔ (1-40)

      • Afɔreɛ a na wɔbɔ no ɛda a wɔhyɛn totorobɛnto (1-6)

      • Afɔreɛ a na wɔbɔ no Mpata Da (7-11)

      • Afɔreɛ a na wɔbɔ no Apata Afahyɛ da (12-38)

  • 30

    • Mmarima bɔhyɛ (1, 2)

    • Mmaa ne mma mmaa bɔhyɛ (3-16)

  • 31

    • Wɔtuaa Midianfoɔ so ka (1-12)

      • Wɔkum Baalam (8)

    • Nneɛma a wɔnyaa wɔ ɛko mu ho akwankyerɛ (13-54)

  • 32

    • Wɔkyekyeree nkuro wɔ Yordan apueeɛ (1-42)

  • 33

    • Israelfoɔ serɛ so akwantuo (1-49)

    • Wɔkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔbɛdi Kaananfoɔ so nkonim (50-56)

  • 34

    • Kaanan asaase no ahyeɛ (1-15)

    • Wɔde hyɛɛ mmarima bi nsa sɛ wɔnkyɛ asaase no (16-29)

  • 35

    • Lewifoɔ nkuro (1-8)

    • Dwankɔbea nkuro (9-34)

  • 36

    • Mmaa a wɔde wɔn agyanom agyapadeɛ ma wɔn ne awareɛ ho mmara a ɛwɔ hɔ ma wɔn (1-13)

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane