Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Leviticus 1:1-27:34
  • Leviticus

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Leviticus
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Leviticus

LEVITICUS

1 Na Yehowa frɛɛ Mose wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ* no sɛ, ‘Sɛ mo mu bi pɛ sɛ ɔde aboa bɔ afɔreɛ ma Yehowa a, nantwie anaa odwan na ɔmfa mmɔ afɔreɛ no.+

3 “‘Sɛ nantwie na ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no a, ɔmfa onini a ɔte apɔ mmra.+ Ɔmfiri ne pɛ mu+ mfa mmra Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. 4 Ma no mfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no apampam, na wɔbɛpene so agye de apata ne bɔne.

5 “‘Afei ma wɔnkum nantwie ba no wɔ Yehowa anim, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no+ mfa mogya no mmra, na afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano no, wɔmfa mpete so nhyia.+ 6 Ma wɔnyi aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nwoma, na wɔntwitwa nam no asinasini.+ 7 Ma Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no nsɔ afɔrebukyia no so gya+ na wɔnhyehyɛ anyina wɔ gya no so. 8 Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no bɛhyehyɛ nam asinasini no,+ na wɔahyehyɛ ne ti ne ne sradeɛ* no nyinaa wɔ afɔrebukyia no gya no so. 9 Ma wɔmfa nsuo nhohoro ne nsono ne ne nan* ho, na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa wɔ afɔrebukyia no so na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.+

10 “‘Na sɛ ayɛmmoa+ na ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ a, sɛ ɛyɛ odwennini kumaa oo, apɔnkye oo, ɔnhwɛ sɛ ɔde onini a ɔte apɔ na ɛbɛba.+ 11 Ɛsɛ sɛ wɔku no wɔ Yehowa anim wɔ afɔrebukyia no fã a ɛhwɛ atifi fam no, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia.+ 12 Ma no ntwitwa nam no asinasini, na ɔmfa ne ti ne ne sradeɛ* nka ho, na ɔsɔfoɔ no nhyehyɛ wɔ afɔrebukyia no gya no so. 13 Ma no mfa nsuo nhohoro ne nsono ne ne nan ho, na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa wɔ afɔrebukyia no so na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.

14 “‘Nanso sɛ ntakraboa na ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama Yehowa a, ɛnneɛ ma no mfa mmuruburo anaa mmorɔnoma mma mmra.+ 15 Ɔsɔfoɔ no de bɛkɔ afɔrebukyia no ho na wate ne mene, na wahye no afɔrebukyia no so, nanso ɛsɛ sɛ ɔdi kan sɔne ne mogya no gu afɔrebukyia no ho. 16 Ɛsɛ sɛ ɔyi adeɛ a ɛhyɛ ne mene ase no, na ɔtutu ne ntakra to gu afɔrebukyia no fã a ɛhwɛ apueeɛ fam, faako a wɔde nsõ* gu no.+ 17 Ma no nsɔ ne ntaban mu nwae ne mu mmienu, nanso ɛnsɛ sɛ ɔwae ma no si. Afei ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no gya no so na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.

2 “‘Sɛ obi* pɛ sɛ ɔbɔ aduane afɔreɛ+ ma Yehowa a, ma no mfa esiam muhumuhu, na ɔnhwie ngo ngu so na ɔmfa ɛhyɛ* nka ho.+ 2 Ma no mfa mmrɛ Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no nsa esiam ne ngo no nsa ma, na ɛhyɛ* no deɛ, ɔmfa ne nyinaa, na ɔnhye no afɔrebukyia no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.*+ Ɛbɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa. 3 Sɛ ɔbɔ aduane afɔreɛ no wie a, aduane a ɛbɛka no nyinaa yɛ Aaron ne ne mma dea;+ ɛyɛ ade kronkron paa+ a ɛfiri afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no mu.

4 “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduane wɔ fononoo mu de bɛbɔ afɔreɛ a, fa ngo fete esiam muhumuhu yɛ paanoo a mmɔka* nnim a ɛte sɛ kawa, anaa yɛ paanoo ntraantraa a mmɔka nnim na fa ngo sra ho.+

5 “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduane wɔ apampaa so+ de bɔ afɔreɛ a, fa esiam muhumuhu a wɔde ngo afete a mmɔka nnim yɛ. 6 Bubu mu asinasini na hwie ngo gu so.+ Ɛyɛ aduane afɔreɛ.

7 “‘Na sɛ wopɛ sɛ wokye aduane wɔ ɛsɛn mu de bɛbɔ afɔreɛ a, fa esiam muhumuhu ne ngo yɛ. 8 Fa aduane afɔreɛ a wode saa nneɛma yi ayɛ no bra Yehowa anim; wɔde bɛma ɔsɔfoɔ no na ɔde akɔ afɔrebukyia no ho. 9 Ma ɔsɔfoɔ no nyi aduane afɔreɛ no bi na ɔnhye no afɔrebukyia no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.*+ Ɛbɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.+ 10 Sɛ ɔbɔ aduane afɔreɛ no wie a, aduane a ɛbɛka no nyinaa yɛ Aaron ne ne mma dea; ɛyɛ ade kronkron paa a ɛfiri egya afɔreɛ a wɔbɔ ma Yehowa no mu.+

11 “‘Mommfa aduane a mmɔka wom biara mmmɔ afɔreɛ mmma Yehowa,+ na monnhye esiam a emu aka anaa ɛwoɔ mmfa mmmɔ afɔreɛ mmma Yehowa.

12 “‘Mobɛtumi de abrɛ Yehowa sɛ aba a ɛdi kan,+ nanso ɛnsɛ sɛ mohye no afɔrebukyia no so sɛ afɔreɛ hwamhwam.*

13 “‘Sɛ worebɔ aduane afɔreɛ biara a, fa nkyene to mu. Nkyene na ɛkae wo Onyankopɔn apam, enti mma bi mmpa w’aduane afɔreɛ mu. Fa nkyene ka w’afɔreɛ nyinaa ho.+

14 “‘Na sɛ wopɛ sɛ wode aba a ɛdi kan brɛ Yehowa sɛ aduane afɔreɛ a, fa hwiit* foforɔ a wɔde egya atõtõ na wɔasi bra, na ɛnyɛ aduane afɔreɛ a ɛfiri w’aba a ɛdi kan mu.+ 15 Fa ngo gu so na fa ɛhyɛ* ka ho. Ɛyɛ aduane afɔreɛ. 16 Ma ɔsɔfoɔ no mfa aduane afɔreɛ no bi, kyerɛ sɛ, esiam ne ngo no bi, na ɔmfa ɛhyɛ* no nyinaa, na ɔnhye no afɔrebukyia no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.*+ Ɛyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.

3 “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ,+ na sɛ nantwie na ɔde reba a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔte apɔ na ɔmfa mmra Yehowa anim. 2 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wɔnku no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia. 3 Aboa a ɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no, ɔnyi n’afã a ɛdidi so yi mfa nyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa:+ sradeɛ+ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa, 4 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 5 Ma Aaron mma no nhye no afɔrebukyia no so nka ɔhyeɛ afɔreɛ a aka no ho. Wɔnhye no egya no so.+ Ɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.+

6 “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔde odwan bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ma Yehowa a, onini oo, ɔbedeɛ oo, ɔmfa deɛ ɔte apɔ mmra.+ 7 Sɛ ɔde odwennini kumaa rebɛbɔ afɔreɛ a, ɔmfa mmra Yehowa anim. 8 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wɔnku no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no anim. Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia. 9 Ɔmfa aboa a ɔde rebɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no sradeɛ nyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.+ Ɔnyi ne dua a adɔre sradeɛ no nyinaa, sradeɛ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa, 10 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 11 Ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so. Wei yɛ aduane,* afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.+

12 “‘Sɛ apɔnkye na ɔde rebɛbɔ afɔreɛ a, ɔmfa mmra Yehowa anim. 13 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wɔnku no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no anim, na Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia. 14 Ɛfã a ɔde bɛyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no ne sradeɛ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa,+ 15 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho. 16 Ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so. Wei yɛ aduane,* afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye. Sradeɛ no nyinaa yɛ Yehowa dea.+

17 “‘Momma wei nyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu wɔ baabi a mobɛtena biara: Monnni sradeɛ anaa mogya+ biara.’”

4 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ obi* ani nna ne ho so na ɔkɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi a,+ ɛho asɛm nie:

3 “‘Sɛ ɔsɔfoɔ a wɔasra no+ yɛ bɔne bi+ na ɛma ɔman no di fɔ a, ɛnneɛ ɔmfa nantwinini kumaa a ɔte apɔ mmɔ ne bɔne no ho afɔreɛ mma Yehowa.+ 4 Ma no mfa nantwie no mmra ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano+ wɔ Yehowa anim, na ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na ɔnku no wɔ Yehowa anim.+ 5 Ma ɔsɔfoɔ a wɔasra no no+ mfa nantwie no mogya no bi mmra ahyiaeɛ ntomadan no mu. 6 Afei ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu+ wɔ kronkronbea no ntwamutam no anim, na ɔmpete mogya no bi mprɛ nson+ wɔ Yehowa anim. 7 Aduhwam afɔrebukyia a ɛwɔ Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no, ma ɔsɔfoɔ no mfa mogya no bi nsosɔ ne mmɛn no ho.+ Afei ɔnhwie nantwie no mogya a aka nyinaa ngu afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no ase.+ Saa afɔrebukyia yi na ɛsi ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano no.

8 “‘Ma no nyi nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no sradeɛ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa, 9 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Afei ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 10 Monyɛ no sɛdeɛ moyɛ nantwie a wɔde bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no.+ Ma ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no so.

11 “‘Nanso nantwinini no nwoma, ne nam nyinaa, ne ti, ne nan, ne nsono, ne ne bini,+ 12 kyerɛ sɛ, deɛ aka wɔ nantwie no ho nyinaa deɛ, ma no mfa nkɔ asoɛeɛ no akyi baabi a ɛhɔ te a wɔto nsõ* gu no, na ɔmfa ngu anyina so nhye ne nyinaa.+ Baabi a wɔto nsõ gu no, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ ɔhye no.

13 “‘Afei sɛ Israel asafo no ani nna wɔn ho so na wɔfom kɔyɛ deɛ Yehowa aka sɛ mma wɔnnyɛ no bi, na ɛma wɔn nyinaa di fɔ,+ 14 na sɛ wɔbɛhu sɛ wɔayɛ bɔne a, ma asafo no mfa nantwinini kumaa baako mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛbɔ bɔne ho afɔreɛ. 15 Ma mpanimfoɔ a wɔwɔ badwa no mu mfa wɔn nsa ngu nantwie no apampam wɔ Yehowa anim mma wɔnkum nantwie no wɔ Yehowa anim.

16 “‘Afei ɔsɔfoɔ a wɔasra no no mfa nantwie no mogya no bi mmra ahyiaeɛ ntomadan no mu. 17 Ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu wɔ kronkronbea no ntwamutam+ no anim, na ɔmpete mogya no bi mprɛ nson wɔ Yehowa anim. 18 Ma no mfa mogya no bi nsosɔ afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no mmɛn no ho wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu. Afei ɔnhwie nantwie no mogya a aka nyinaa ngu afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no ase. Saa afɔrebukyia yi na ɛsi ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano no.+ 19 Ma no nyi ne sradeɛ nyinaa na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so.+ 20 Ɔnyɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ nantwinini baako a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no. Saa na ɔbɛyɛ no ama ɔsɔfoɔ no de apata ama wɔn,+ na wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. 21 Ma no mfa nantwie no nkɔ asoɛeɛ no akyi nkɔhye no sɛdeɛ ɔhyee nantwie a ɔdi kan no.+ Ɛyɛ asafo no bɔne ho afɔreɛ.+

22 “‘Sɛ mpanimfoɔ+ no bi ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a ne Nyankopɔn Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi ma no di fɔ, 23 anaa sɛ ɔbɛhu sɛ wato mmara a, ɛnneɛ ɔmfa apɔnkyenini kumaa a ɔte apɔ mmɛbɔ afɔreɛ. 24 Ma no mfa ne nsa nto apɔnkyenini no apampam na ɔnku no wɔ faako a wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no wɔ Yehowa anim no.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 25 Ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no mmɛn ho.+ Afei ɔnhwie mogya a aka no ngu afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no ase.+ 26 Ma no nhye ne sradeɛ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so sɛdeɛ ɔyɛ aboa a wɔde no bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no sradeɛ no.+ Ɔsɔfoɔ no mfa mpata mma ne bɔne, na wɔde bɛkyɛ no.

27 “‘Sɛ obi* wɔ asaase no so na n’ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi na ɔdi fɔ,+ 28 anaa sɛ ɔbɛhu sɛ wayɛ bɔne a, ɛnneɛ ɔmfa apɔnkyebedeɛ kumaa a ɔte apɔ mmɛbɔ ne bɔne ho afɔreɛ. 29 Ma no mfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no apampam na ɔnku no wɔ faako a wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no.+ 30 Ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmfa nsosɔ afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no mmɛn ho. Afei ɔnhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔrebukyia no ase.+ 31 Ma no nyi ne sradeɛ no nyinaa+ sɛdeɛ ɔyii aboa a ɔde bɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no sradeɛ no.+ Afei ma ɔsɔfoɔ no mfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* wɔ afɔrebukyia no so mma Yehowa, na ɔsɔfoɔ no mfa mpata mma no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

32 “‘Sɛ aboa a ɔde rebɛbɔ afɔreɛ no yɛ odwan ba a, ma no mfa ɔbedeɛ kumaa a ɔte apɔ mmra. 33 Ma no mfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no apampam, na ɔnku no mfa mmɔ bɔne ho afɔreɛ wɔ faako a wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no.+ 34 Ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no mmɛn ho.+ Afei ɔnhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔrebukyia no ase. 35 Ɔnyi ne sradeɛ nyinaa sɛdeɛ wɔde odwennini kumaa rebɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a wɔyi ne sradeɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye wɔ afɔrebukyia no so wɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no so.+ Ma ɔsɔfoɔ no mfa mpata mma ne bɔne, na wɔde bɛkyɛ no.+

5 “‘Sɛ obi* yɛ bɔne bi ho dansefoɔ anaasɛ ɔnim ho biribi, na sɛ wɔrepɛ nkurɔfoɔ abɛdi asɛm no ho adanseɛ,*+ nanso wammɛka ho hwee a, wayɛ bɔne na ɔbɛnya ne bɔne so akatua.

2 “‘Anaa sɛ obi* ho ka biribi a ɛho nte, te sɛ wuram aboa a ne ho nte funu, afieboa a ne ho nte funu, mmoa nketenkete* no biara a ne ho nte funu,+ na sɛ ɔnnim mpo a, ne ho agu fĩ na ɔdi fɔ. 3 Anaa sɛ obi ani nna ne ho so na ne ho kɔka obi a ne ho agu fĩ+ anaa biribiara a ɛbɛtumi ama onipa ho agu fĩ, na sɛ akyire yi ɔbɛhunu a, ɔdi fɔ.

4 “‘Anaa sɛ obi* pere ne ho ka ntam sɛ ɔbɛyɛ biribi a, deɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛ na ɔnnim na akyire yi ɔbɛhu sɛ wapere ne ho aka ntam a, ɔdi fɔ.*+

5 “‘Ɛba sɛ ɔdi fɔ wɔ asɛm yi biara mu a, ma no nka ne bɔne.+ 6 Afei nso, bɔne a wayɛ nti, ɔmfa odwan ba a ɔyɛ ɔbedeɛ anaa apɔnkyebedeɛ kumaa mmra Yehowa anim, na ɔsɔfoɔ no mfa mmɔ afɔdie afɔreɛ+ mpata mma ne bɔne.

7 “‘Na sɛ ne nsa nso odwan so a, bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu+ mmɛbɔ afɔdie afɔreɛ wɔ Yehowa anim. Ɔmfa baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ, na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ.+ 8 Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no nni kan mfa deɛ ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no mmra na ɔnte ne mene, nanso mma no nnte ne ti mmfiri so. 9 Ma no mfa aboa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no mogya no bi mpete afɔrebukyia no ho, na ɔnsɔne mogya a aka no ngu afɔrebukyia no ase.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 10 Ɔsɔfoɔ no de baako a aka no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ sɛdeɛ daa wɔbɔ no,+ na ɔde apata ama ne bɔne, na wɔde bɛkyɛ no.+

11 “‘Nanso sɛ ɔrennya mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a, ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako*+ mmra mmɛbɔ ne bɔne ho afɔreɛ. Mma no mmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ɛhyɛ* nnka ho; ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 12 Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no nsa ne nsa ma nhye wɔ afɔrebukyia no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.* Ɔnhye no afɔrebukyia no so wɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no so. Ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 13 Ma ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ bɔne yi mu biara a wayɛ ho, na wɔde bɛkyɛ no.+ Deɛ ɛbɛka biara yɛ ɔsɔfoɔ no dea+ te sɛ aduane afɔreɛ no.’”+

14 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 15 “Sɛ obi* fom yɛ* bɔne tia Yehowa nneɛma a ɛyɛ kronkron+ no berɛ a n’ani nna ne ho so a, ma no mfa odwennini a ɔte apɔ mmɛbɔ afɔdie afɔreɛ mma Yehowa.+ Ɛsɛ sɛ aboa no boɔ yɛ nnwetɛbena* a wɔatwa ato hɔ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.*+ 16 Ɔbɛtua bɔne a wayɛ atia kronkronbea no ho mpata, na ɔde nkyɛmu nnum mu baako bɛka ho abrɛ ɔsɔfoɔ no.+ Na ɔsɔfoɔ no de odwennini a ɔde bɛbɔ afɔdie afɔreɛ no bɛpata ama no,+ na wɔde bɛkyɛ no.+

17 “Sɛ obi* fom kɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi a, sɛ ɔnnim mpo a, ɔbɛdi fɔ, na ɔbɛnya ne bɔne so akatua.+ 18 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a ɔte apɔ a ɔsom bo te sɛ ɛboɔ a wɔatwa ato hɔ no brɛ ɔsɔfoɔ no na ɔde bɔ afɔdie afɔreɛ.+ Ɔsɔfoɔ no de bɛpata ama bɔne a ɔnnim sɛ wayɛ berɛ a na n’ani nna ne ho so no, na wɔde bɛkyɛ no. 19 Ɛyɛ afɔdie afɔreɛ. Wafom Yehowa, enti ɔdi fɔ.”

6 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Sɛ obi de biribi ma ne yɔnko sɛ ɔnhwɛ so anaasɛ ne biribi bɛdi ne nsam na wanni mu nokorɛ,+ anaa ɔbɔ ne yɔnko korɔno anaasɛ ɔfa kwan bi so sisi no a, saa onipa* no ayɛ bɔne na wanni Yehowa nokorɛ.+ 3 Anaa sɛ ɔhu biribi a ayera na wanka mu nokorɛ anaa ɔyɛ nneɛma yi bi na ɔka atorɔ ntam wɔ ho a, wayɛ bɔne,+ na deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: 4 Sɛ ampa wayɛ bɔne na ɔdi fɔ a, deɛ ɔwiaeɛ anaa ɔnam asisie so nyaeɛ anaa deɛ wɔde maa no sɛ ɔnhwɛ so a ɔfaeɛ anaa deɛ ayera a ɔhunuiɛ no, ɛsɛ sɛ ɔsan de kɔ. 5 Biribiara a abɛdi ne hɔ a ɔkaa atorɔ ntam wɔ ho no, ɔmfa nkɔ anaa ɔntua ho ka.+ Afei ɛda a ne bɔne bɛda adi no, wɔmmu deɛ ɔfaeɛ no ho ka, na wɔnkyɛ mu nnum mma no ntua mu baako nka ho mma ne wura. 6 Ma no mfa odwennini a ɔte apɔ a ɔsom bo te sɛ ɛboɔ a wɔatwa ato hɔ no mmrɛ Yehowa, na ɔsɔfoɔ no mfa mmɔ afɔdie afɔreɛ.+ 7 Afei ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ Yehowa anim, na bɔne biara a wayɛ a ama no adi fɔ no, wɔde bɛkyɛ no.”+

8 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 9 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Ɔhyeɛ afɔreɛ no ho mmara nie:+ Momma aboa a mode bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nna afɔrebukyia no gya so anadwo mu nyinaa nkɔsi anɔpa, na wɔnhwɛ sɛ afɔrebukyia no gya rennum. 10 Ma ɔsɔfoɔ no nhyɛ n’ataadeɛ a wɔde nwera apam no,+ na ɔnhyɛ nwera nika*+ nkata ne ho. Afei deɛ wɔde bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so no, ɔnyi ɛho nsõ*+ no ngu afɔrebukyia no nkyɛn. 11 Ɛno akyi no, ɔnyi n’ataadeɛ no+ ngu hɔ na ɔnhyɛ ataade foforɔ, na ɔnsesa nsõ no nkɔ baabi a ɛhɔ te wɔ asoɛeɛ no akyi.+ 12 Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ egya wɔ afɔrebukyia no so daa, na ɛnsɛ sɛ ɛdum. Ma ɔsɔfoɔ no mfa anyina+ ngu so nhye no anɔpa biara na ɔmfa aboa a wɔde no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nto so, na ɔmma asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no sradeɛ nhye wɔ so.+ 13 Ɛnsɛ sɛ afɔrebukyia no so gya dum; ɛsɛ sɛ mohwɛ hu sɛ egya wɔ so daa.

14 “‘Aduane afɔreɛ no ho mmara nie:+ Aaron mma na ɛsɛ sɛ wɔde ba Yehowa anim wɔ afɔrebukyia no anim. 15 Wɔn mu baako nsa esiam muhumuhu a wɔde bɛbɔ aduane afɔreɛ no ne ngo no ne ɛhyɛ* a ɛka ho no nsa ma, na ɔnhye no afɔrebukyia no so sɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa, na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.*+ 16 Aaron ne ne mma nni deɛ ɛbɛka no.+ Wɔnni no sɛ paanoo a mmɔka* nnim wɔ beaeɛ a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ.+ 17 Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a mmɔka wom ka ho tõ.+ Aduane afɔreɛ a wɔde gya hye ma me no na mede bi ama wɔn sɛ wɔn kyɛfa.+ Ɛyɛ ade kronkron paa+ te sɛ bɔne ho afɔreɛ ne afɔdie afɔreɛ no. 18 Aaron mma mmarima no nyinaa bɛdi bi.+ Ɛyɛ wɔn kyɛfa a wɔbɛnya afiri afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no mu, na ɛbɛyɛ wɔn kyɛfa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ Biribiara a ɛbɛka no* no bɛyɛ kronkron.’”

19 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 20 “Da a wɔbɛsra+ Aaron ngo no, afɔreɛ a ɔne ne mma bɛbɔ ama Yehowa nie: Wɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako*+ mmɔ aduane afɔreɛ+ mma me berɛ nyinaa. Sɛ wɔde fã bɔ afɔreɛ anɔpa a, na wɔde fã abɔ afɔreɛ anwummerɛ. 21 Wɔmfa ngo mfete no yie na wɔntõ no apampaa so.+ Afei wɔmfa aduane a wɔatõ na wɔabubu mu asinasini no mmra Yehowa anim sɛ aduane afɔreɛ hwamhwam.* 22 Ne mma no mu deɛ wɔbɛsra no ahyɛ no sɔfoɔ asi n’anan+ no na ɔbɛbɔ afɔreɛ no. Wei ne ahyɛdeɛ a wɔbɛdi so daa: Ma wɔnhye afɔrebɔdeɛ no nyinaa mma Yehowa. 23 Aduane afɔreɛ biara a wɔbɛbɔ ama ɔsɔfoɔ bi no, ɛsɛ sɛ wɔhye ne nyinaa. Obiara nnni bi.”

24 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 25 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Bɔne ho afɔreɛ no ho mmara nie:+ Faako a wɔkum aboa a wɔde no bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no,+ ɛhɔ ara nso na wɔbɛkum aboa a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no wɔ Yehowa anim. Ɛyɛ ade kronkron paa. 26 Ɔsɔfoɔ a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no bɛwe bi.+ Na ɔbɛwe wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ.+

27 “‘Biribiara a ɛbɛka nam no bɛyɛ kronkron, na sɛ obi de mogya no bi pete n’ataadeɛ mu a, ma no nsi deɛ mogya aka mu no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. 28 Sɛ wɔnoaa no kukuo mu a, wɔmmɔ kukuo no. Nanso sɛ wɔnoaa no kɔbere sɛn mu a, wɔntwitwi mu mfa nsuo nhohoro mu.

29 “‘Mmarima a wɔyɛ asɔfoɔ nyinaa bɛwe bi.+ Ɛyɛ ade kronkron paa.+ 30 Nanso bɔne ho afɔreɛ biara a wɔde ɛho mogya no bi bɛkɔ ahyiaeɛ ntomadan no kronkronbea+ hɔ akɔpata ama bɔne no, ɛnsɛ sɛ obiara we bi. Wɔmfa gya nhye ne nyinaa.

7 “‘Afɔdie afɔreɛ no ho mmara nie:+ Ɛyɛ ade kronkron paa. 2 Baabi a wɔkum aboa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, ɛhɔ ara na wɔbɛkum aboa a wɔde no bɛbɔ afɔdie afɔreɛ no, na wɔde ne mogya+ bɛpete afɔrebukyia no so ahyia.+ 3 Ma ɔsɔfoɔ no* nyi ne sradeɛ nyinaa,+ ne dua a adɔre sradeɛ no, ne ne nsono ho sradeɛ, 4 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 5 Ma ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so sɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.+ Ɛyɛ afɔdie afɔreɛ. 6 Mmarima a wɔyɛ asɔfoɔ no nyinaa tumi we bi.+ Ɛsɛ sɛ wɔwe no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛyɛ ade kronkron paa.+ 7 Afɔdie afɔreɛ no, ɛho mmara te sɛ bɔne ho afɔreɛ deɛ no. Ɛyɛ ɔsɔfoɔ a ɔbɛbɔ afɔreɛ de apata bɔne no dea.+

8 “‘Sɛ obi de aboa brɛ ɔsɔfoɔ no sɛ ɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ a, aboa no nwoma+ bɛyɛ ɔsɔfoɔ no dea.

9 “‘Aduane biara a wɔbɛtõ no fononoo mu anaa wɔbɛkye no ɛsɛn mu anaa wɔbɛtõ no apampaa so+ de abɔ afɔreɛ no, ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ a ɔbɔɔ afɔreɛ no kyɛfa; ɛyɛ ne dea.+ 10 Nanso sɛ wɔde esiam a wɔde ngo afra+ anaa deɛ hwee mfra mu+ ba sɛ wɔmfa mmɔ aduane afɔreɛ a, ɛbɛyɛ Aaron mma no dea; wɔbɛkyɛ no pɛ.

11 “‘Afei sɛ obi de biribi rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa a, ɛho mmara nie:+ 12 Sɛ ɔde rebɛda ase a,+ ɔmfa ngo mfete esiam nyɛ paanoo a mmɔka* nnim a ɛte sɛ kawa, na ɔnyɛ paanoo ntraantraa a mmɔka nnim mfa ngo nsra ho. Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu mfete no yie mfa nyɛ paanoo a ɛte sɛ kawa. Ɔmfa weinom nka n’aseda afɔreɛ no ho. 13 Ɔmfa paanoo a mmɔka wom a ɛte sɛ kawa nka n’afɔrebɔdeɛ no ne deɛ ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no ho mmra sɛ aseda afɔreɛ. 14 Ɔde emu biara bi bɛma Yehowa sɛ afɔrebɔdeɛ kronkron. Ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ a ɔde asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mogya bɛpete afɔrebukyia no so no dea.+ 15 Ɛda a ɔbɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a wɔde yɛ aseda afɔreɛ no, saa da no ara na ɛsɛ sɛ ɔwe ɛho nam no. Ɛnsɛ sɛ ɔgya bi ma adeɛ kye so.+

16 “‘Sɛ bɔhyɛ afɔreɛ+ anaa ayamyɛ afɔreɛ+ na ɔde aboa no rebɛbɔ a, ma no nwe no da a ɔde no bɛbɔ afɔreɛ no, na sɛ ebi ka ma adeɛ kye so a, ɛno nso ɔbɛtumi awe. 17 Nanso sɛ ɛdi nnansa na nam no bi da so wɔ hɔ a, wɔmfa gya nhye.+ 18 Sɛ ɛba sɛ aboa a wɔde bɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no nam no bi ka ma no di nnansa na obi we a, deɛ ɔde baeɛ no rennya nhyira biara; wabrɛ agu. Ɛyɛ atantanneɛ, na obiara* a ɔbɛwe bi no bɛnya ne bɔne so akatua.+ 19 Sɛ nam ka biribi a ɛho nte a, ɛnsɛ sɛ obiara we. Wɔmfa gya nhye. Ɛnam a ɛho te deɛ, obiara a ne ho te bɛtumi awe bi.

20 “‘Aboa a wɔde bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ma Yehowa no, sɛ obi* a ne ho agu fĩ we ne nam no bi a, wɔnku saa onipa no.*+ 21 Sɛ obi* ho ka biribi a ɛho nte, te sɛ onipa a ne ho nte,+ aboa a ne ho nte,+ anaa biribiara a ɛho nte a ɛyɛ akyiwadeɛ,+ na sɛ ɔwe aboa a wɔde rebɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa no nam no bi a, wɔnku saa onipa no.’”*

22 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Monnni nantwie anaa odwan ba anaa apɔnkye sradeɛ+ biara. 24 Sɛ mokɔto sɛ aboa bi awu anaasɛ aboa foforɔ aku no a, mobɛtumi de ne sradeɛ ayɛ biribiara a mopɛ, nanso monhwɛ na moanni bi da.+ 25 Sɛ obi de aboa reba ama wɔde gya ahye abɔ afɔreɛ ama Yehowa, na sɛ ɔdi ne sradeɛ a, wɔnku saa onipa no.*

26 “‘Baabiara a mobɛtena no, monnni mogya+ biara. Monnni anomaa anaa aboa foforɔ biara mogya. 27 Obiara* a ɔbɛdi mogya no, wɔnku saa onipa no.’”*+

28 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 29 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Obiara a ɔbɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa no, ɔmfa n’asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no bi mma Yehowa.+ 30 Ma ɔno ara mfa sradeɛ+ no nka aboa no koko ho mmɛbɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa. Ɔmfa nka aboa no koko ho na ɔnhim no sɛ ohim afɔreɛ+ wɔ Yehowa anim. 31 Ma ɔsɔfoɔ no nhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so.+ Aboa no koko no deɛ, ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea.+

32 “‘Momfa aboa a mode bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no nan nifa a ɛwɔ akyire no mma ɔsɔfoɔ no sɛ afɔrebɔdeɛ kronkron.+ 33 Aaron mma no mu deɛ ɔde asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mogya ne ne sradeɛ bɛbɔ afɔreɛ no, ɔno na aboa no nan nifa no bɛyɛ ne kyɛfa.+ 34 Sɛ Israelfoɔ no bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a, mɛgye aboa no koko a wɔhimiiɛ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no ama ɔsɔfoɔ Aaron ne ne mma. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama Israelfoɔ.+

35 “‘Ɛda a wɔde Aaron ne ne mma baeɛ sɛ wɔmmɛyɛ Yehowa asɔfoɔ no,+ wei na wɔyi firii afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no mu sɛ ɛnyɛ wɔn kyɛfa. 36 Ɛda a wɔyii wɔn firii Israelfoɔ mu sraa wɔn ngo+ no, wei na Yehowa hyɛɛ mmara sɛ wɔmfa mma wɔn sɛ wɔn kyɛfa. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a wɔbɛdi so daa wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.’”

37 Wei ne afɔreɛ a ɛdidi so yi ho mmara: ɔhyeɛ afɔreɛ,+ aduane afɔreɛ,+ bɔne ho afɔreɛ,+ afɔdie afɔreɛ,+ afɔreɛ a wɔbɔ de hyɛ obi sɔfoɔ,+ ne asomdwoeɛ afɔreɛ.+ 38 Wei ne ahyɛdeɛ a Yehowa de maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so,+ ɛda a ɔkaa sɛ Israelfoɔ mfa wɔn afɔrebɔdeɛ mmrɛ Yehowa wɔ Sinai serɛ so no.+

8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Fa Aaron ne ne mma+ no bra, na fa ntaadeɛ no,+ ɔsrango,+ nantwinini a mode bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ, adwennini mmienu no, ne paanoo a mmɔka* nnim+ a ɛgu kɛntɛn mu bra, 3 na ma asafo no nyinaa mmɛhyia wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano.”

4 Mose yɛɛ deɛ Yehowa kaa sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ, na asafo no bɛhyiaam wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. 5 Afei Mose ka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Wei ne deɛ Yehowa aka sɛ yɛnyɛ.” 6 Enti Mose de Aaron ne ne mma baeɛ, na ɔde nsuo dwaree wɔn.+ 7 Ɛno akyi no, ɔde ataade tenten no+ hyɛɛ no, na ɔde deɛ ɔde bɛbɔ ne mu+ no bɔɔ so, na ɔde nsasini+ no nso hyɛɛ no. Afei ɔde efɔd*+ no hyɛɛ no de abɔsoɔ*+ a wɔanwene no sɔɔ mu. 8 Na ɔde nkataboɔ no+ nso hyɛɛ no, na ɔde Urim ne Tumim*+ no hyɛɛ nkataboɔ no mu. 9 Ɛnna ɔde abotire no+ bɔɔ ne ti, na ɔde ade tratra hyɛnn a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a ɛno ne ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron*+ no bɔɔ abotire no anim. Sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, saa ara na Mose yɛeɛ.

10 Ɛnna Mose faa ɔsrango no, na ɔsraa ɔsom ntomadan no ne biribiara a ɛwom+ de dwiraa ho. 11 Ɛno akyi no, ɔde bi petee afɔrebukyia no so mprɛ nson, na ɔsraa afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ de tee ho. 12 Ɔwieeɛ no, ɔhwiee ɔsrango no bi guu Aaron apampam, na ɔsraa no dwiraa ne ho.+

13 Ɛnna Mose de Aaron mma no nso baeɛ, na ɔde ntaade tenten no hyɛɛ wɔn de deɛ wɔde bɛbɔ wɔn mu no bɔɔ so. Na ɔde abotire no bobɔɔ* wɔn ti,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

14 Afei ɔde nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no baeɛ, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu nantwie no apampam.+ 15 Mose kum aboa no na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya+ no mu de sosɔɔ afɔrebukyia no mmɛn no biara ho de dwiraa afɔrebukyia no ho.* Afei ɔhwiee mogya a aka no guu afɔrebukyia no ase de dwiraa ho na wɔatumi abɔ afɔreɛ wɔ so de apata bɔne. 16 Ɛno akyi no, Mose yii sradeɛ a ɛwɔ aboa no nsono ne ne berɛboɔ ho no nyinaa ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ, na ɔhyee no afɔrebukyia no so.+ 17 Afei deɛ aka wɔ nantwie no ho nyinaa, ne nwoma, ne nam, ne ne bini no, ɔde gya hyee wɔ asoɛeɛ no akyi+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

18 Ɛno akyi no, ɔde odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nso bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 19 Afei Mose kum aboa no de ne mogya petee afɔrebukyia no so hyiae. 20 Mose twitwaa odwennini no mu asinasini, na ɔde ne ti, ne nam asinasini no, ne ne sradeɛ* no nyinaa guu gya no mu. 21 Mose de nsuo hohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyee odwennini no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. Ná ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam,* afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

22 Afei ɔde odwan a ɔtɔ so mmienu no, odwennini a wɔde bɛbɔ afɔreɛ de ahyɛ wɔn asɔfoɔ no bae,+ na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 23 Mose kum aboa no de ne mogya no bi yɛɛ Aaron aso nifa ne ne nsa nifa kokuromoti ne ne nan nifa kokuromoti ho. 24 Afei Mose de Aaron mma no nso bae na ɔde mogya no bi yɛɛ wɔn aso nifa ne wɔn nsa nifa kokuromoti ne wɔn nan nifa kokuromoti ho. Na Mose de mogya a aka no petee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+

25 Ɛnna ɔyii ne sradeɛ, ne dua a adɔre sradeɛ no, ne sradeɛ a ɛwɔ ne nsono ne ne berɛboɔ ho no nyinaa ne n’asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ ne ne nan nifa a ɛwɔ akyire no.+ 26 Ɔyii paanoo baako a mmɔka nnim a ɛte sɛ kawa,+ ne paanoo baako a mmɔka nnim a wɔde ngo afa ho a ɛte sɛ kawa,+ ne paanoo a mmɔka nnim tratra baako firii kɛntɛn a ɛwɔ Yehowa anim no mu. Ɛnna ɔde guu aboa no sradeɛ no ne ne nan nifa a ɛwɔ akyire no so. 27 Afei ɔde ne nyinaa guu Aaron ne ne mma no nsam, na wɔhim no sɛ ohim afɔreɛ wɔ Yehowa anim. 28 Akyire yi Mose gye firii wɔn nsam hyee no afɔrebukyia no so kaa ɔhyeɛ afɔreɛ no ho. Ná ɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔbɔ de hyɛɛ wɔn asɔfoɔ, afɔreɛ a wɔde gya hye maa Yehowa.

29 Mose faa aboa no koko him no sɛ ohim afɔreɛ wɔ Yehowa anim.+ Wei ne Mose kyɛfa a ɔnya firii afɔreɛ a ɔbɔ maa asɔfoɔ* no mu, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+

30 Afei Mose faa ɔsrango+ ne mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no bi de petee Aaron ne ne mma ho ne wɔn ntaadeɛ mu. Ɔyɛɛ saa de dwiraa Aaron ne ne ntaadeɛ ho ne ne mma+ a wɔka ne ho ne wɔn ntaadeɛ ho.+

31 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma sɛ: “Monnoa+ nam no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na momfa nka paanoo a ɛwɔ kɛntɛn* mu no ho na monni wɔ hɔ. Deɛ wɔka kyerɛɛ me wɔ ho ne sɛ, ‘Aaron ne ne mma na wɔbɛdi.’+ 32 Ɛnam ne paanoo a ɛbɛka no, momfa gya nhye.+ 33 Montena mmɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano nnanson; mommfiri hɔ kɔsi sɛ nna a wɔde bɛhyɛ mo asɔfoɔ no bɛso, ɛfiri sɛ nnanson na yɛde bɛhyɛ mo asɔfoɔ.*+ 34 Deɛ ɛnnɛ yɛayɛ yi, Yehowa na aka sɛ yɛnyɛ mfa mpata mma mo.+ 35 Montena ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano nnanson,+ awia ne anadwo, na monhwɛ nyɛ deɛ Yehowa aka akyerɛ mo no nyinaa,+ na moanwuwu; ɛno ne ahyɛdeɛ a wɔde ama me.”

36 Na Aaron ne ne mma yɛɛ deɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ no nyinaa.

9 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no,+ Mose frɛɛ Aaron ne ne mma ne Israel mpanimfoɔ. 2 Ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Fa nantwie ba ne odwennini a wɔte apɔ bra Yehowa anim. Wode nantwie ba no bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ+ na wode odwennini no abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ. 3 Na Israelfoɔ no nso, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa apɔnkyenini mmɛbɔ bɔne ho afɔreɛ, na momfa nantwie ba ne odwennini kumaa a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ. 4 Afei momfa nantwinini ne odwennini mmɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ+ wɔ Yehowa anim, na momfa ngo mfra esiam mmɛbɔ aduane afɔreɛ,+ ɛfiri sɛ Yehowa bɛyi ne ho adi akyerɛ mo nnɛ.’”+

5 Ɛnna wɔde deɛ Mose kaa sɛ wɔmfa mmra no baa ahyiaeɛ ntomadan no ano. Afei asafo no nyinaa bɛgyinaa Yehowa anim. 6 Mose kaa sɛ: “Wei na Yehowa aka sɛ monyɛ na ama Yehowa ayi n’animuonyam adi akyerɛ mo.”+ 7 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔ afɔrebukyia no ho kɔbɔ bɔne ho afɔreɛ+ ne ɔhyeɛ afɔreɛ fa pata ma wo ho+ ne wo fiefoɔ. Afei fa ɔman no afɔrebɔdeɛ no+ bɔ afɔreɛ pata ma wɔn+ sɛdeɛ Yehowa de ahyɛdeɛ ama yɛn no.”

8 Ntɛm ara na Aaron kɔɔ afɔrebukyia no ho kɔkum nantwie ba a ɔde rebɛbɔ ne bɔne ho afɔreɛ no.+ 9 Ɛnna Aaron mma no de mogya+ no brɛɛ no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu sosɔɔ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔhwiee mogya a aka no guu afɔrebukyia no ase.+ 10 Ɔyii aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no sradeɛ ne n’asaabo ne ne berɛboɔ ho sradeɛ, na ɔhyee no afɔrebukyia no so, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+ 11 Na ɔde gya hyee aboa no nam ne ne nwoma wɔ asoɛeɛ no akyi.+

12 Afei ɔkum aboa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔde petee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+ 13 Wɔtwitwaa aboa no mu asinasini de ne ti kaa ho brɛɛ no, na ɔhyee no afɔrebukyia no so. 14 Afei ɔhohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyee no afɔrebukyia no so kaa ɔhyeɛ afɔreɛ no ho.

15 Ɛno akyi no, ɔde deɛ ɔman no de baeɛ no nso bɔɔ afɔreɛ. Ɔkum apɔnkyenini a ɔman no de baeɛ no de bɔɔ bɔne ho afɔreɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ afɔreɛ a ɛdi kan no. 16 Afei ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no sɛdeɛ wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ no no.+

17 Ɔhyeɛ afɔreɛ a ɔbɔɔ no anɔpa+ akyi no, ɔde deɛ ɔde bɛbɔ aduane afɔreɛ+ nso baeɛ, na ɔsaa bi guu ne nsam de guu afɔrebukyia no so maa no hyeeɛ.

18 Ɛno akyi no, ɔkum nantwinini ne odwennini a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama ɔman no. Afei Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔde petee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+ 19 Na nantwinini no sradeɛ+ ne odwennini no dua a adɔre sradeɛ no ne wɔn nsono ho sradeɛ, wɔn asaabo, ne wɔn berɛboɔ ho sradeɛ no deɛ,+ 20 wɔyii sradeɛ yi nyinaa de kaa mmoa no koko ho, na ɔhyee sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so.+ 21 Mmoa no koko ne wɔn nan nifa a ɛwɔ akyire no deɛ, Aaron him no sɛ ohim afɔreɛ wɔ Yehowa anim, sɛdeɛ Mose kaeɛ no.+

22 Ɛnna Aaron maa ne nsa so kyerɛɛ ɔman no so, na ɔhyiraa wɔn,+ na berɛ a ɔwiee bɔne ho afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ no, ɔsii fam. 23 Ɛno akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na wɔpue bɛhyiraa ɔman no.+

Afei Yehowa maa nnipa no nyinaa huu n’animuonyam,+ 24 na egya firi Yehowa hɔ+ bɛhyee ɔhyeɛ afɔreɛ no ne sradeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no. Berɛ a nnipa no nyinaa hunuiɛ no, wɔteateaam na wɔde wɔn anim butubutuu fam.+

10 Akyire yi, Aaron mma Nadab ne Abihu+ de nkyɛnsee a wɔde gya gu mu baeɛ, na wɔde gya guu mu. Afei wɔde aduhwam+ guu so na wɔhyee biribi wɔ Yehowa anim a na ɔmmaa ho kwan.+ 2 Ɛnna egya firi Yehowa hɔ bɛhyee wɔn,+ na wɔwuwuu wɔ Yehowa anim.+ 3 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Wɔn a wɔbɛn me no, ɛsɛ sɛ wɔhu sɛ meyɛ kronkron,+ na wɔhyɛ me animuonyam wɔ ɔman no nyinaa anim.’” Na Aaron yɛɛ komm.

4 Enti Mose frɛɛ Aaron papa nua Usiel+ mma Misael ne Elisafan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛfa mo nuanom mfiri kronkronbea no anim nkɔ asoɛeɛ no akyi.” 5 Wɔbɛfaa wɔn kɔɔ asoɛeɛ no akyi sɛdeɛ Mose kaeɛ no. Saa berɛ no nyinaa na wɔn ntaade tenten no hyehyɛ wɔn.

6 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a aka, Eleasar ne Itamar sɛ: “Monhwɛ na moannya mo tiri nwi basaa anaa moannsunsuane mo ntaadeɛ mu+ anni awerɛhoɔ, anyɛ saa a, mobɛwu, na Onyankopɔn bo bɛfu asafo no nyinaa. Wɔn a Yehowa de gya aku wɔn yi, mo nuanom Israelfoɔ nyinaa bɛsu wɔn. 7 Montena mmɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano; mommfiri hɔ nnkɔ baabiara na moanwu, ɛfiri sɛ Yehowa srango wɔ mo so.”+ Enti wɔyɛɛ deɛ Mose kaeɛ no.

8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: 9 “Berɛ biara a wo ne wo mma bɛba ahyiaeɛ ntomadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsã foforɔ biara a ɛborɔ+ na moanwu. Wei yɛ ahyɛdeɛ a mo ne mo nkyirimma* bɛdi so daa. 10 Ɛbɛma wɔahu nsonsonoeɛ a ɛda ade kronkron ne deɛ ɛho agu fĩ ntam, ne deɛ ɛho te ne deɛ ɛho nte ntam.+ 11 Afei nso, ɛbɛma moatumi de ahyɛdeɛ a Yehowa nam Mose so de maa Israelfoɔ no nyinaa akyerɛkyerɛ wɔn.”+

12 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a aka, Eleasar ne Itamar sɛ: “Aduane afɔreɛ a wɔde gya hye maa Yehowa no, momfa deɛ aka no ntõ paanoo a mmɔka* nnim, na monni no afɔrebukyia no ho,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ade kronkron paa.+ 13 Monni no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a ɛfiri afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no mu. Ɛno ne ahyɛdeɛ a me nsa kaeɛ. 14 Wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wɔka wo ho+ no bɛwe aboa no koko a wɔhim de bɔɔ afɔreɛ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron+ no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a ɛfiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔreɛ mu. 15 Na ma wɔmfa aboa no nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no ne ne koko a wɔbɛhim de abɔ afɔreɛ no ne aboa no sradeɛ a wɔde gya bɛhye no mmra, na wɔnhim no Yehowa anim. Aboa no nan ne ne koko no bɛyɛ wo ne wo mma a wɔka wo ho no kyɛfa daa,+ sɛdeɛ Yehowa aka no.”

16 Mose hwehwɛɛ baabiara sɛ ɔbɛhu apɔnkye a wɔde bɛbɔɔ bɔne ho afɔreɛ+ no nam, nanso ɔhuu sɛ wɔahye ne nyinaa. Enti ne bo fuu Aaron mma a aka, Eleasar ne Itamar, na ɔkaa sɛ: 17 “Adɛn nti na moanwe aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no nam wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron no?+ Monnim sɛ ɛyɛ ade kronkron paa a ɔde ama mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye asafo no bɔne na moapata ama wɔn wɔ Yehowa anim? 18 Hwɛ! Wɔamfa aboa no mogya ankɔ kronkronbea hɔ,+ enti anka ɛsɛ sɛ mowe ne nam wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ me no.” 19 Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ɛnnɛ wɔde deɛ wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ aba Yehowa anim,+ nanso hwɛ asɛm a ato me. Sɛ mewee aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no nnɛ a, anka ɛbɛma Yehowa ani agye anaa?” 20 Berɛ a Mose tee wei no, ne bo tɔɔ ne yam.

11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Monka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Asaase so mmoa nyinaa, deɛ mobɛtumi awe nie:+ 3 Mobɛtumi awe aboa biara a ne nan mu apae mmienu na ɔpu wesa.

4 “‘Mmoa a wɔpu wesa anaa wɔn nan mu apae mmienu a ɛnsɛ sɛ mowe nie: Monnwe yoma, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne nan mu mpaee mmienu. Ne ho nte mma mo.+ 5 Afei nso, monnwe okukuban,+ ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne nan mu mpaee mmienu. Ne ho nte mma mo. 6 Monnwe adanko nso, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne nan mu mpaee mmienu. Ne ho nte mma mo. 7 Bio nso, monnwe prako,+ ɛfiri sɛ ne nan mu apae mmienu deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ne ho nte mma mo. 8 Monnwe wɔn nam, na monnsɔ wɔn funu mu nso. Wɔn ho nte mma mo.+

9 “‘Nsuo mu mmoa a mobɛtumi awe nie: Asubɔnten anaa ɛpo mu aboa biara a ntɛtɛ ne abena wɔ ne ho no, mobɛtumi awe.+ 10 Nanso ɛpo anaa asubɔnten mu mmoa nketenkete* biara anaa nsuo mu mmoa* biara a wɔnni ntɛtɛ ne abena deɛ, ɛyɛ mo akyiwadeɛ. 11 Ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo akyiwadeɛ koraa. Monnwe bi,+ na wɔn funu nso, monkyiri. 12 Biribiara a ɛwɔ nsuo mu a ɛnni ntɛtɛ ne abena yɛ mo akyiwadeɛ.

13 “‘Mmoa a wɔtu a ɛsɛ sɛ mokyire nie; monnwe wɔn nam, ɛfiri sɛ wɔyɛ akyiwadeɛ: Ɔkɔdeɛ,+ ɔkorɔbia, pɛtɛ tuntum,+ 14 ɔkompɛtɛ, ɔkom ahodoɔ nyinaa bi, 15 kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa bi, 16 sohori, patuo, asomfena, akorɔma ahodoɔ nyinaa bi, 17 patu ketewa, ɛpo so anene, patuo asotenten, 18 suborɔkokɔ, nsuo so dabodabo, pɛtɛ, 19 asukɔnkɔn, asunoma ahodoɔ nyinaa bi, asɔkwaa, ne apan. 20 Mmoa nketenkete* a wɔtu na wɔwɔ nan nnan nyinaa yɛ mo akyiwadeɛ.

21 “‘Mmoa nketenkete a wɔtu na wɔwɔ nan nnan yi na mobɛtumi awe; wɔn a wɔwɔ nan a wɔtumi de hurihuri. 22 Wɔn mu deɛ mobɛtumi awe nie: Ntutummɛ ahodoɔ a wɔtumi tu ne ntutummɛ foforɔ a nnipa di, aketekyire, ne mmɛbɛ.+ 23 Mmoa nketenkete foforɔ a wɔtu na wɔwɔ nan nnan a aka nyinaa yɛ mo akyiwadeɛ. 24 Weinom ne nneɛma a ɛbɛgu mo ho fĩ. Obiara a ɔbɛsɔ wɔn funu mu no, ne ho rente kɔsi anwummerɛ.+ 25 Na obiara a ɔbɛma wɔn funu so no, ɛsɛ sɛ ɔsi n’ataadeɛ;+ ne ho rente kɔsi anwummerɛ.

26 “‘Sɛ aboa bi nan mu apae mmienu nanso ɛmpae nsiiɛ, na sɛ ɔmpu nwesa a, ɛyɛ mo akyiwadeɛ. Obiara a ɔbɛsɔ ne mu no ho bɛgu fĩ.+ 27 Mmoa a wɔwɔ nansoaa* a wɔnante wɔn nan nnan so no ho nte mma mo. Obiara a ɔbɛsɔ wɔn funu mu no, ne ho rente kɔsi anwummerɛ. 28 Obiara a ɔbɛma wɔn funu so no, ɛsɛ sɛ ɔsi n’ataadeɛ,+ na ne ho rente kɔsi anwummerɛ,+ ɛfiri sɛ wɔn ho nte mma mo.

29 “‘Mmoa a wɔwea fam a wɔn ho nte nie: Ahweaa, akura,+ nkoterɛ ahodoɔ nyinaa bi, 30 efiewura, mampam, bɔmɔte, anwea-koterɛ, ne abosomakoterɛ. 31 Saa mmoa a wɔwea fam yi ho nte mma mo.+ Obiara a ɔbɛsɔ wɔn funu mu no, ne ho rente kɔsi anwummerɛ.+

32 “‘Biribiara a wɔn mu biara bɛwu atɔ so no ho rente, sɛ ɛyɛ deɛ wɔde dua asene oo, ataadeɛ oo, aboa nwoma oo, awerɛhoɔ ntoma* oo, ɛho rente. Adeɛ biara a wɔde yɛ adwuma a wɔn funu bɛka no, ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ nsuo mu, na ɛho rente kɔsi anwummerɛ; anwummerɛ na ɛho bɛte. 33 Sɛ wɔn mu bi funu tɔ kukuo mu a, ɛsɛ sɛ mobɔ kukuo no, na biribiara a ɛwɔ mu no nso ho rente.+ 34 Nsuo a ɛwɔ saa kukuo no mu no, sɛ ɛka aduane biara a, ɛho rente, na biribiara a wɔnom a ɛwɔ saa kukuo no mu nso ho rente. 35 Biribiara a wɔn funu bɛtɔ so no ho rente. Sɛ ɛyɛ fononoo oo, ɛyɛ deɛ wɔde kukuo si so oo, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no. Ɛho agu fĩ, na ɛho rente mma mo. 36 Sɛ wɔtɔ nsutire anaa abura a nsuo wom mu deɛ a, ɛho bɛkɔ so ate, nanso deɛ ɔbɛsɔ wɔn funu mu no ho bɛgu fĩ. 37 Sɛ wɔn funu tɔ aba bi a wɔrebɛdua so a, ɛho te. 38 Nanso sɛ wɔde nsuo gu aba no so na aboa a wawu no fã bi tɔ so a, ɛho rente mma mo.

39 “‘Sɛ mmoa a motumi we no bi wu a, obiara a ɔbɛsɔ ne funu mu no, ne ho rente kɔsi anwummerɛ.+ 40 Obiara a ɔbɛwe aboa a wawu no fã biara no, ɛsɛ sɛ ɔsi n’ataadeɛ, na ne ho rente kɔsi anwummerɛ.+ Na obiara a ɔbɛma ne funu so no, ɛsɛ sɛ ɔsi n’ataadeɛ, na ne ho rente kɔsi anwummerɛ. 41 Mmoa nketenkete a wɔn ho nte nyinaa yɛ akyiwadeɛ.+ Ɛnsɛ sɛ mowe. 42 Ɛnsɛ sɛ mowe aboa biara a ɔwea ne yafunu so, deɛ ɔwɔ nansoaa a ɔnante ne nan nnan so, anaa aboa biara a ɔwɔ nan bebree a ɔwea fam, ɛfiri sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ.+ 43 Mommfa mmoa a wɔwea fam yi nnsɛe mo ho,* na mommfa nngu mo ho fĩ, anyɛ saa a mo ho rente.+ 44 Mene Yehowa mo Nyankopɔn;+ monte mo ho na monyɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ meyɛ kronkron.+ Enti mommfa mmoa a wɔwea fam nngu mo* ho fĩ. 45 Mene Yehowa a ɔredi mo anim afiri Egypt asaase so de akyerɛ sɛ meyɛ mo Nyankopɔn no.+ Monyɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ meyɛ kronkron.+

46 “‘Wei ne mmara a ɛfa mmoa nyinaa ho, mmoa a wɔtu, mmoa* a wɔwɔ nsuo mu, ne mmoa* a wɔwea fam nyinaa. 47 Wei bɛma nsonsonoeɛ abɛda deɛ ɛho te ne deɛ ɛho nte ntam, ne aboa a mobɛtumi awe ne deɛ morentumi nwe ntam.’”+

12 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Sɛ ɔbaa nyinsɛn* na ɔwo ɔbarima a, ne ho rente nnanson, te sɛ berɛ a wayɛ bra a ne ho nte no ara.+ 3 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ma no ntwa abɔfra no twetia.*+ 4 Ma no ntena fie nnafua 33 bio mfa nte ne ho mfiri ne mogya mu. Ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho ka adeɛ biara a ɛyɛ kronkron, na ɔrentumi mma baabi a ɛhɔ yɛ kronkron kɔsi sɛ nna a ɔde bɛdwira ne ho no bɛso.

5 “‘Sɛ ɔwo ɔbaa a, ne ho rente nnafua 14 te sɛ berɛ a wayɛ bra a ne ho nte no ara. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie nnafua 66 bio de te ne ho firi ne mogya mu. 6 Sɛ ɔwo ɔbarima anaa ɔbaa na sɛ nna a ɔde bɛdwira ne ho no ba awieeɛ a, ɔde odwennini kumaa a wadi afe bɛbrɛ ɔsɔfoɔ no ama no de abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ama no, na ɔde aborɔnoma ba anaa aburuburo nso bɛba ama no de abɔ bɔne ho afɔreɛ; ɔde weinom nyinaa bɛbrɛ no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. 7 Ɔsɔfoɔ no de bɛba Yehowa anim na ɔde apata ama ɔbaa no, na ne ho ate wɔ ne mogya mu. Wei ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbaa a ɔbɛwo ɔbarima anaa ɔbaa no. 8 Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɛnneɛ ɔmfa mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu+ mmra, na wɔmfa baako mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ na wɔmfa baako nso mmɔ bɔne ho afɔreɛ, na ɔsɔfoɔ no mfa mpata mma no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne ho bɛte.’”

13 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Sɛ biribi tɔ obi honam* ani na ɛhyɛ nsuo anaa ɛhɔ twintwam anaa ɛsoa na ɛdidi ne honam mu ma no bɛyɛ sɛ kwata*+ a, ɛsɛ sɛ wɔde no ba ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mma a wɔyɛ asɔfoɔ no mu baako anim.+ 3 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ yareɛ a ayɛ ne honam ani no. Sɛ nwi a ɛwɔ baabi a ɛhɔ asoa no ayɛ fitaa na ɛte sɛ deɛ adeɛ a ahono no no adidi kɔ ne honam mu a, ɛnneɛ ɛyɛ kwata. Ɔsɔfoɔ no nhwɛ na ɔnkyerɛ sɛ ne ho nte. 4 Nanso sɛ baabi a asoa no yɛ fitaa na ɛnnidi nkɔɔ ne honam mu na ɛhɔ nwi nyɛɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no mfa onii no nko ara nkɔsie baabi nnanson.+ 5 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nhwɛ no, na sɛ ɔhu sɛ deɛ ayɛ no no, deɛ ɛte ara na ɛteɛ, na sɛ ɛntrɛɛ ne honam mu a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no nsan mfa no nsie nnanson.

6 “Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nsan nhwɛ no, na sɛ deɛ atɔ ne ho no ahye na ɛntrɛɛ ne honam ani a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te.+ Ɛyɛ ntwintwameeɛ bi kɛkɛ. Ma onii no nsi n’ataadeɛ na ne ho nte. 7 Na sɛ ɔsɔfoɔ no kyerɛ sɛ ne ho te na akyire yi ntwintwameeɛ* no trɛ wɔ ne honam ani a, ɔnsan mmra ɔsɔfoɔ no anim bio.* 8 Ma ɔsɔfoɔ no nhwɛ, na sɛ atrɛ wɔ ne honam ani a, ɛnneɛ ɔnkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ kwata.+

9 “Sɛ kwata yɛ obi a, wɔmfa no mmra ɔsɔfoɔ no anim. 10 Ɔsɔfoɔ no nhwɛ,+ na sɛ ɔhu sɛ nsaa fitaa bi asi ne honam ani na ɛhɔ nwi ayɛ fitaa, na baabi a asoa no apae ayɛ kuro+ a, 11 ɛyɛ kwatanini na ayɛ ne honam ani; ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛnsɛ sɛ ɔde no kɔsie,+ ɛfiri sɛ ne ho nte. 12 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhu sɛ kwata no apue afiri wedeɛ no mu na akata onii no honam nyinaa, ɛfiri ne tirim kɔsi ne nan ase, 13 na ɔsɔfoɔ no hu sɛ kwata no akata ne honam nyinaa a, ɛsɛ sɛ ɔbu onii no sɛ ne ho te.* Ne nyinaa adane fitaa, enti ne ho te. 14 Nanso sɛ ɛyɛ kuro a, ne ho rente. 15 Sɛ ɔsɔfoɔ no hu sɛ ayɛ kuro a, ɔnkyerɛ sɛ ne ho nte.+ Ekuro no ho nte. Ɛyɛ kwata.+ 16 Na sɛ kuro no wu na ɛhɔ san yɛ fitaa a, ɔnsan nkɔ ɔsɔfoɔ no hɔ. 17 Ɔsɔfoɔ no nhwɛ no,+ na sɛ baabi a ɛyɛɛ kuro no adane fitaa a, ɛnneɛ na onii no ho te, enti ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te.

18 “Sɛ pɔmpɔ bɔ obi na ɛkɔ, 19 na sɛ biribi fitaa bi bɛsi pɔmpɔ no ananmu anaa ɛhɔ soa yɛ fitaa na anim dodo kakra a, ɔmfa ne ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no. 20 Sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ+ na ayɛ te sɛ deɛ adidi kɔ honam no mu, na ɛhɔ nwi ayɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ kwata na apue afiri pɔmpɔ no mu. 21 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na wanhu nwi fitaa biara wɔ hɔ, na deɛ ahono no no nso nnidi nkɔɔ honam no mu na ahye a, ɔsɔfoɔ no mfa ɔno nko ara nkɔsie baabi nnanson.+ 22 Na sɛ ɛfiri ase trɛ wɔ ne honam ani a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ yareɛ. 23 Nanso sɛ deɛ atɔ ne ho no antrɛ a, ɛnneɛ ɛyɛ baabi a na pɔmpɔ no wɔ ara na ɛhɔ asoa. Ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te.+

24 “Sɛ nso obi hyehye na kuro no anwu anwie na sɛ ɛhɔ soa ma anim dodo anaa ɛho nyinaa yɛ fitaa a, 25 ɔsɔfoɔ no nhwɛ. Sɛ ɛba sɛ ɛhɔ nwi adane fitaa na ɛte sɛ deɛ nsaa no adidi kɔ ne honam mu a, ɛyɛ kwata na apue afiri kuro no mu. Ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte, ɛfiri sɛ kwata ayɛ no. 26 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na wanhu nwi fitaa biara wɔ baabi a nsaa no wɔ, na sɛ ɛnnidi nkɔɔ honam no mu na ahye a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mfa ɔno nko ara nkɔsie baabi nnanson.+ 27 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nhwɛ no. Sɛ ɔhu sɛ ampa ara atrɛ wɔ ne honam ani a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ kwata. 28 Nanso sɛ ɛhɔ te sɛ deɛ ɛte na ɛntrɛɛ honam no mu na ahye a, ɛkyerɛ sɛ ɛhɔ na asoa kɛkɛ. Ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te, ɛfiri sɛ ɛhɔ na asoa.

29 “Sɛ biribi tɔ ɔbarima anaa ɔbaa bi tiri ho anaa n’abɔdwe ho a, 30 ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ.+ Sɛ ɛte sɛ deɛ adidi kɔ ne honam mu na ɛhɔ nwi no adodo na bebree atutu a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ yareɛ na ayɛ ne tiri ase anaa n’abɔdwe. Kwata na ayɛ ne tiri ho anaa n’abɔdwe. 31 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhu sɛ yareɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu na nwi tuntum biara nni hɔ a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mfa onii no nko ara nkɔsie baabi nnanson.+ 32 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nsan nhwɛ yareɛ no, na sɛ deɛ atɔ ne ho no ntrɛeɛ, na sɛ nwi no nnodoeɛ, na yareɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu a, 33 ɛnneɛ onii no nyi ne tiri anaa n’abɔdwesɛ, nanso ɛnsɛ sɛ ɔyi baabi a adeɛ atɔ no. Ma ɔsɔfoɔ no mfa onii no nkɔsie baabi nnanson bio.

34 “Afei da a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nsan nhwɛ baabi a yareɛ no wɔ no. Sɛ yareɛ a aka ne tiri ne n’abɔdwe no ntrɛeɛ na sɛ ɛnnidi nkɔɔ ne honam mu a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te. Ɔnsi n’ataadeɛ na ne ho nte. 35 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no ka sɛ ne ho te na akyire yi, yareɛ no trɛ wɔ ne honam ani a, 36 ɔsɔfoɔ no nsan nhwɛ. Na sɛ ɔhu sɛ yareɛ no atrɛ wɔ ne honam ani a, ɛho nhia sɛ ɔhwɛ sɛ ɛhɔ nwi no adodo; deɛ ɛkyerɛ ara ne sɛ ne ho nte. 37 Nanso sɛ ɔhwɛ na ɔhu sɛ yareɛ no ntrɛeɛ na nwi tuntum afu wɔ hɔ a, ɛkyerɛ sɛ yareɛ no kɔ. Ne ho te, enti ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te.+

38 “Sɛ nsaa mfitamfitaa bi bɛtotɔ ɔbarima anaa ɔbaa bi honam* ani a, 39 ɔsɔfoɔ no nhwɛ.+ Sɛ ɔhu sɛ nsaa mfitamfitaa a atotɔ ne honam ani no ahye kakra a, ɛkyerɛ sɛ deɛ atotɔ ne honam ani no nyɛ hu. Ne ho te.

40 “Sɛ ɔbarima bi tiri so pa a, ne ho te. 41 Sɛ ne tiri so apa firi ne moma so akɔsi n’apampam a, ne ho te. 42 Nanso sɛ biribi fitaa a adodo bɛtɔ n’apampam a apa no anaa ne moma so a, ɛyɛ kwata na apue wɔ n’apampam anaa ne moma so. 43 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no, na sɛ ɔhu sɛ nsaa fitaa a adodo na abɛtɔ n’apampam anaa ne moma so te sɛ kwata a ɛwɔ ne honam ani a, 44 ɔyɛ kwatani. Ne ho nte. Deɛ abɛtɔ n’apampam anaa ne moma so nti, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no kyerɛ sɛ ne ho nte. 45 Ɛsɛ sɛ deɛ kwata wɔ ne ho no suane n’ataadeɛ mu na ogya ne tiri nwi saa ara. Afei ma no nkata ne mfemfem so na ɔnteam sɛ, ‘Me ho nte, me ho nte!’ 46 Nna a yareɛ no wɔ ne ho nyinaa, ne ho rente. Ɛsiane sɛ ne ho nte nti, ɔbɛte ne ho akɔtena baabi wɔ asoɛeɛ no akyi.+

47 “Sɛ biribi a ayɛ sɛ kwata totɔ ataadeɛ a wɔde aboa nwi ayɛ anaa deɛ wɔde nwera ayɛ mu, 48 anaasɛ ɛtotɔ ahoma a wɔde nwene nwera anaa kuntu mu, anaasɛ ɛtotɔ aboa nwoma anaa biribi a wɔde nwoma ayɛ mu, 49 na sɛ biribi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ anaa biribi a ɛbere totɔ ataadeɛ, nwoma, ahoma, nwentoma, anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata, na ɛsɛ sɛ wɔde kyerɛ ɔsɔfoɔ no. 50 Ɔsɔfoɔ no nhwɛ na ɔmfa adeɛ a kwata wom no nsie nnanson.+ 51 Ɛda a ɛtɔ so nson no, sɛ ɔhu sɛ kwata no atrɛ wɔ ataadeɛ, ahoma, nwentoma, anaa nwoma mu (ɛmfa ho deɛ wɔde nwoma no yɛ) a, ɛyɛ kwata a ɛtumi san, na ɛho nte.+ 52 Ɛsɛ sɛ ɔhye ataadeɛ, ahoma, nwentoma anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ a kwata wom no, ɛfiri sɛ ɛyɛ kwata a ɛtumi san. Ɛsɛ sɛ wɔde gya hye.

53 “Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhu sɛ yareɛ no ntrɛɛ wɔ ataadeɛ, ahoma, nwentoma, anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ no mu a, 54 ɔsɔfoɔ no mma wɔnsi adeɛ a yareɛ wom no na ɔnsan mfa nsie nnanson. 55 Sɛ wɔsi no yie na akyire yi ɔsɔfoɔ no hwɛ na sɛ mpo deɛ atotɔ mu no ntrɛeɛ nanso ɛnkɔeɛ a, ɛho nte. Ɛsɛ sɛ wohye no gya mu, ɛfiri sɛ yareɛ no na awewe emu anaa akyire.

56 “Nanso sɛ wɔsi no yie na akyire yi ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhu sɛ deɛ atotɔ mu no rekɔ a, ɔnte ɛhɔ mfiri ataadeɛ, nwoma, ahoma, anaa nwentoma no mu. 57 Nanso sɛ ɔsan hu no ataadeɛ, ahoma, nwentoma, anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ no mu baabi foforɔ biara a, ɛkyerɛ sɛ ɛretrɛ, enti biribiara a wɔbɛhu yareɛ no wom no, fa gya hye.+ 58 Na sɛ wɔsi ataadeɛ, ahoma, nwentoma, anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ no wie na wɔhu sɛ deɛ atotɔ mu no afiri mu a, wɔnsan nsi bio na ama ɛho ate.

59 “Wei ne mmara a ɛwɔ hɔ berɛ a kwata atotɔ ataadeɛ a wɔde aboa nwi ayɛ, deɛ wɔde nwera ayɛ, ahoma, nwentoma, anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ mu no. Wei na wɔde bɛkyerɛ sɛ ɛho te anaa ɛho nte.”

14 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Sɛ kwata yɛ obi a, ɛda a wɔde no bɛba ɔsɔfoɔ anim+ ama no akyerɛ sɛ ne ho te no, mmara a wɔde bɛyɛ adwuma nie. 3 Ɔsɔfoɔ no nkɔ asoɛeɛ no akyi nkɔhwɛ kwatani no. Sɛ ɔsɔfoɔ no hu sɛ ne ho ate a, 4 ɔsɔfoɔ no mma no mfa nnomaa a wɔn ho te mmienu, sida dua, ahoma kɔkɔɔ, ne sommɛ* a wɔde bɛte ne ho mmra.+ 5 Ɔsɔfoɔ no mma wɔnkum anomaa baako wɔ kukuo a asutene mu nsuo wom ano. 6 Afei ɔmfa anomaa a ɔte ase no ne sida dua, ahoma kɔkɔɔ, ne sommɛ no nyinaa mmɔ anomaa a wɔkuu no wɔ nsuo no ani no mogya mu. 7 Ma no mfa mpete deɛ ɔrebɛte ne ho afiri ne kwata ho no ho mprɛ nson. Afei ɔnkyerɛ sɛ ne ho te, na ɔnnyaa anomaa a ɔte ase no mma no ntu nkɔ wuram.+

8 “Ɛsɛ sɛ deɛ ɔrete ne ho no si ne ntaadeɛ na ɔyi ne ho nwi nyinaa na ɔde nsuo dware. Ɛno bɛma ne ho ate na afei watumi aba asoɛeɛ no mu bio. Nanso ɛnsɛ sɛ ɔtena ne ntomadan mu kɔsi sɛ nnanson bɛtwam. 9 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ma no nyi ne tiri ne n’abɔdwesɛ ne n’ani akyi nwi nyinaa. Sɛ ɔyi ne ho nwi nyinaa wie a, ɔbɛsi ne ntaadeɛ na ɔde nsuo adware, na ama ne ho ate.

10 “Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa adwennini nkumaa mmienu a wɔte apɔ ne odwan bedeɛ kumaa baako a ɔte apɔ+ a wadi afe mmra, na ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmiɛnsa* a wɔde ngo afra ne ngo susukuruwa baako* mmɛbɔ aduane afɔreɛ.+ 11 Ma ɔsɔfoɔ a ɔbɛkyerɛ sɛ onipa no ho te no mfa deɛ ɔrete ne ho no ne nneɛma a ɔde rebɛbɔ afɔreɛ no nyinaa mmra Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. 12 Afei ɔsɔfoɔ no mfa odwennini kumaa baako a ɔde bɛbɔ afɔdie afɔreɛ+ no ne ngo no mmra, na ɔnhim no Yehowa anim sɛ ohim afɔreɛ.+ 13 Ɔnkum odwennini kumaa no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron a wɔkum mmoa a wɔde bɔ bɔne ho afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ no,+ ɛfiri sɛ afɔdie afɔreɛ yɛ ɔsɔfoɔ no dea te sɛ bɔne ho afɔreɛ no ara.+ Ɛyɛ ade kronkron paa.+

14 “Afei ɔsɔfoɔ no mfa aboa a wɔde rebɛbɔ afɔdie afɔreɛ no mogya no bi nyɛ deɛ ɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokuromoti ne ne nan nifa kokuromoti ho. 15 Ɔsɔfoɔ no nhwie ngo+ no bi ngu ɔno ara ne nsa benkum mu. 16 Ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmpete ngo no bi mprɛ nson wɔ Yehowa anim. 17 Ɔsɔfoɔ no mfa ngo a aka wɔ ne nsam no bi nyɛ deɛ ɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokuromoti ne ne nan nifa kokuromoti ho. Ɔmfa nyɛ baabi a ɔde afɔdie afɔreɛ no mogya yɛeɛ no. 18 Afei ɔsɔfoɔ no mfa ngo a aka wɔ ne nsam no ngu deɛ ɔrete ne ho no apampam, na ɔmpata mma no wɔ Yehowa anim.+

19 “Ɔsɔfoɔ no mmɔ bɔne ho afɔreɛ+ no mfa mpata mma deɛ ɔrete ne ho no, na ɛno akyi no ɔnkum aboa a ɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no. 20 Afei ɔsɔfoɔ no mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ+ no wɔ afɔrebukyia no so, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no+ na ne ho nte.+

21 “Nanso sɛ ɔyɛ ohiani na ne nsa nso so a, ɛnneɛ ɔmfa odwennini kumaa baako mmra sɛ afɔdie afɔreɛ ne ohim afɔreɛ, na wɔmfa mpata mma no. Afei ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako* a ɔde ngo afra mmɛbɔ aduane afɔreɛ, ne ngo susukuruwa baako, 22 ne mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu, deɛ ne nsa bɛso so biara. Ɔde anomaa baako bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ na ɔde baako abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ.+ 23 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no,+ ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano wɔ Yehowa anim.+ Ɛno na wɔde bɛdwira ne ho.

24 “Ma ɔsɔfoɔ no mfa odwennini kumaa a ɔde bɛbɔ afɔdie afɔreɛ+ no ne ngo no mmra, na ɔnhim no Yehowa anim sɛ ohim afɔreɛ.+ 25 Afei ɔnkum odwennini kumaa a ɔde rebɛbɔ afɔdie afɔreɛ no, na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no bi nyɛ deɛ ɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokuromoti ne ne nan nifa kokuromoti ho.+ 26 Ma ɔsɔfoɔ no nhwie ngo no bi ngu ɔno ara ne nsa benkum mu.+ 27 Na ɔmfa ne nsateaa nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmpete ngo no bi mprɛ nson wɔ Yehowa anim. 28 Ɔsɔfoɔ no mfa ngo a aka wɔ ne nsam no bi nyɛ onipa no aso nifa ne ne nsa nifa kokuromoti ne ne nan nifa kokuromoti ho. Ɔmfa nyɛ baabi a ɔde afɔdie afɔreɛ no mogya yɛeɛ no. 29 Afei ɔsɔfoɔ no de ngo a aka wɔ ne nsam no bɛgu deɛ ɔrete ne ho no apampam, na wapata ama no wɔ Yehowa anim.

30 “Afei sɛ mmuruburo na ne nsa soo so oo, sɛ mmorɔnoma na ne nsa soo so oo, ɔmfa emu baako mmra.+ 31 Deɛ ne nsa bɛso so no, ɔmfa baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ nka aduane afɔreɛ no ho, na ɔsɔfoɔ no mpata mma deɛ ɔrete ne ho wɔ Yehowa anim no.+

32 “Sɛ obi ayare kwata na sɛ ɛba sɛ nneɛma a ɔde bɛdwira ne ho no, ne nsa nso so a, wei ne mmara a ɛwɔ hɔ ma no.”

33 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 34 “Sɛ moduru Kaanan asaase+ a mede rema mo sɛ mo agyapadeɛ+ no so na mema kwata ba fie bi so wɔ mo asaase no so a,+ 35 momma fiewura no mmɛbɔ ɔsɔfoɔ no amanneɛ sɛ, ‘Biribi akeka me dan ho te sɛ kwata.’ 36 Ɔsɔfoɔ no nka mma wɔnyi biribiara mfiri fie no mu ansa na wabɛhwɛ deɛ akeka dan no ho no, anyɛ saa a ɔbɛbu biribiara a ɛwɔ fie hɔ sɛ ɛho nte. Ɛno akyi no, ɔsɔfoɔ no bɛba abɛhwɛ fie no. 37 Ɔbɛhwɛ baabi a nneɛma akeka no, na sɛ ɔhu sɛ biribi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ a ani dum wɔ dan no ho na adidi kɔ dan no mu a, 38 ɔsɔfoɔ no mfiri fie hɔ nkɔ abɔnten na ɔnto fie no mu nnanson.+

39 “Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nsan nkɔ fie hɔ nkɔhwɛ. Sɛ adeɛ a akeka dan no ho no atrɛ a, 40 ɔsɔfoɔ no nka mma wɔnyiyi aboɔ a nneɛma akeka ho no, na wɔnkɔto ngu kuro no akyi baabi a ɛhɔ nte. 41 Afei ɔnwerɛwerɛ ɛdan no mu nyinaa na wɔnkɔto dɔteɛ no ngu kuro no akyi baabi a ɛhɔ nte. 42 Wɔwie a, wɔmfa aboɔ foforɔ nhyɛ kane deɛ no ananmu, na wɔnwɔ dɔteɛ foforɔ mfa nsra ɛdan no ho.

43 “Sɛ wɔyiyi aboɔ no werɛwerɛ dan no ho de dɔteɛ sra ho wie, na adeɛ a ɛkekaa dan no ho no san ba a, 44 ɔsɔfoɔ no mmra mmɛhwɛ. Sɛ adeɛ a akeka ɛdan no ho no atrɛ a, ɛyɛ kwata a ɛtumi san+ na aba fie no ho. Efie no ho nte. 45 Afei ɔmma wɔnnwiri fie no nyinaa ngu, na wɔnkɔto ɛho aboɔ ne nnua ne dɔteɛ nyinaa ngu kuro no akyi baabi a ɛhɔ nte.+ 46 Na sɛ wɔto fie bi mu+ na sɛ obi kɔ mu a, ne ho rente kɔsi anwummerɛ;+ 47 obiara a ɔbɛda fie hɔ no, ma no nsi ne ntaadeɛ, na obiara a ɔbɛdidi fie hɔ nso, ma no nsi ne ntaadeɛ.

48 “Nanso sɛ wɔsan de dɔteɛ sra ɛdan no ho wie na ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ na adeɛ a ɛkekaa dan no ho no ansan amma fie no ho bio a, ɛnneɛ ɔnkyerɛ sɛ efie no ho te, ɛfiri sɛ nneɛma a ɛkekaa dan no ho no kɔ. 49 Deɛ ɛbɛyɛ na wadwira fie no ho* no, ɔnhwehwɛ nnomaa mmienu, sida dua, ahoma kɔkɔɔ, ne sommɛ.+ 50 Ma no nkum anomaa baako wɔ kukuo a asutene mu nsuo wom ano. 51 Ɛno akyi no, ɔmfa sida dua no, sommɛ, ahoma kɔkɔɔ, ne anomaa a ɔte ase no, na ɔmfa ne nyinaa mmɔ anomaa a wɔkum no wɔ nsuo no ani no mogya mu, na ɔmfa mpete fie no ho mprɛ nson.+ 52 Afei ɔmfa anomaa no mogya, asutene mu nsuo no, anomaa a ɔte ase no, sida dua, sommɛ, ne ahoma kɔkɔɔ no nnwira fie no ho.* 53 Ɛno akyi no, ɔnnyaa anomaa a ɔte ase no wɔ kuro no akyi ma no nkɔ wuram, na ɔmpata mma fie no na ɛho nte.

54 “Wei ne mmara a ɛwɔ hɔ berɛ a kwata ayɛ obi, berɛ a yareɛ ayɛ ne tiri ase anaa n’abɔdwesɛ,+ 55 berɛ a kwata ayɛ ataadeɛ mu+ anaa ɛwɔ fie bi ho,+ 56 ne berɛ a biribi abɛtɔ obi honam ani na ahyɛ nsuo anaa ɛhɔ atwintwam anaa asoa.+ 57 Wei yɛ akwankyerɛ a ɛbɛma wɔahunu adeɛ a ɛho te ne deɛ ɛho nte.+ Wei ne kwata ho mmara.”+

15 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Monka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Sɛ nsuo firi ɔbarima ho* sene a, n’ahosene no nti ne ho nte.+ 3 N’ahosene no ama ne ho agu fĩ. Sɛ deɛ ɛfiri ne barima* mu no da so ba oo, sɛ ama ne barima ano kwan asi oo, ne ho nte.

4 “‘Sɛ nsuo firi obi ho sene a, mpa biara a ɔbɛda so anaa biribiara a ɔbɛtena so no ho nte. 5 Sɛ onipa foforɔ ho kɔka ne mpa a, ɛsɛ sɛ onii no si ne ntaadeɛ na ɔde nsuo dware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ.+ 6 Sɛ deɛ nsuo firi ne ho sene no tena biribi so a, obiara a ɔbɛtena so bi no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntaadeɛ na ɔdware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ. 7 Obiara a ne ho bɛka deɛ nsuo firi ne ho sene no, ɛsɛ sɛ onii no si ne ntaadeɛ na ɔdware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ. 8 Sɛ deɛ nsuo firi ne ho sene no te ntasuo gu obi a ne ho te so a, ɛsɛ sɛ onii no si ne ntaadeɛ na ɔdware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ. 9 Sɛ deɛ nsuo firi ne ho sene no tena aboa bi so a, ntoma a ɔtenaa so wɔ aboa no so no, ɛno nso ho nte. 10 Biribiara a ɔbɛtena so no, sɛ obi ho ka a, ne ho rente kɔsi anwummerɛ. Na obiara a ɔbɛfa saa adeɛ no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntaadeɛ na ɔdware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ. 11 Sɛ deɛ nsuo firi ne ho sene no+ mfaa nsuo nhohoroo ne nsa na ɔsɔ obi mu a, ɛsɛ sɛ onii no si ne ntaadeɛ na ɔdware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ. 12 Kukuo biara a deɛ nsuo firi ne ho sene no bɛsɔ mu no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no, na sɛ ɔsɔ adeɛ a wɔde dua asene mu a, wɔmfa nsuo nhohoro ho nyinaa.+

13 “‘Sɛ deɛ nsuo firi ne ho sene no ahosene no twa a, ɔntwɛn nnanson mfa nnwira ne ho. Na ɔnsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo a ɛfiri asutene mu nnware mma ne ho nte.+ 14 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu+ mmra Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no. 15 Ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ, na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, na n’ahosene no nti, ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ Yehowa anim.

16 “‘Na sɛ ɔbarima bi ho ba a, ɔmfa nsuo nnware ne honam nyinaa, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ.+ 17 Ataadeɛ anaa aboa nwoma biara a ne ho nsuo no bɛka mu no, ɛsɛ sɛ ɔsi, nanso ɛho rente kɔsi anwummerɛ.

18 “‘Sɛ ɔbarima ne ɔbaa da ma ɔbarima no ho ba a, wɔmfa nsuo nnware, nanso wɔn ho rente kɔsi anwummerɛ.+

19 “‘Sɛ mogya sene firi ɔbaa ho a, ɛsɛ sɛ ɔtena fie nnanson+ wɔ ne brayɛ mogya mu, ɛfiri sɛ ne ho nte, na obiara a ne ho bɛka no no nso ho rente kɔsi anwummerɛ.+ 20 Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so berɛ a wayɛ bra no, ɛho rente.+ 21 Obiara a ne ho bɛka ne mpa no nsi ne ntaadeɛ na ɔnnware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ. 22 Obiara a ne ho bɛka biribi a ɔbaa no atena so no, ma onii no nsi ne ntaadeɛ na ɔnnware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ. 23 Sɛ mpa so na na ɔte oo, sɛ biribi foforɔ so na na ɔte oo, obiara a ne ho bɛka no no, ne ho rente kɔsi anwummerɛ.+ 24 Na sɛ ɔbarima bi ne ɔbaa no da ma ne brayɛ mogya gu ne ho fĩ a,+ ɔbarima no ho rente nnanson, na biribiara a ɔbarima no bɛda so no, ɛno nso ho bɛgu fĩ.

25 “‘Sɛ mogya tu ɔbaa nna pii+ berɛ a ne bra nnuruiɛ+ anaasɛ mogya no kyɛ sene berɛ a ɔde yɛ bra a, nna a mogya bɛtu no nyinaa, ne ho rente; ɛbɛyɛ te sɛ deɛ wayɛ bra no ara. 26 Mpa biara a ɔbɛda so berɛ a mogya retu no no bɛyɛ te sɛ berɛ a wayɛ bra no,+ na biribiara a ɔbɛtena so ho bɛgu fĩ te sɛ berɛ a wayɛ bra no. 27 Obiara a ne ho bɛka nneɛma a ɛte saa no nso ho bɛgu fĩ, na ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntaadeɛ na ɔdware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ.+

28 “‘Nanso sɛ mogya no twa a, ɔntwɛn nnanson, na ɛno akyi no, ne ho bɛte.+ 29 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu+ mmrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano.+ 30 Ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ, na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, na ne ho a agu fĩ nti, ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ Yehowa anim.+

31 “‘Weinom na monhwɛ mma Israelfoɔ nyɛ mfa nte wɔn ho, na wɔamfa fĩ anka me som ntomadan a ɛwɔ wɔn mfimfini no na wɔanwuwu.+

32 “‘Wei ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a nsuo firi ne ho sene, ɔbarima a ne ho nsuo ama ne ho agu fĩ,+ 33 ɔbaa a wayɛ bra ama enti ne ho nte,+ ɔbarima anaa ɔbaa biara a biribi firi ne ho sene,+ ne ɔbarima a ɔne ɔbaa a ne ho nte bɛda.’”

16 Berɛ a Aaron mma mmienu no amfa kwampa so amma Yehowa anim a enti wɔwuwuiɛ no,+ akyire yi, Yehowa ne Mose kasaeɛ. 2 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɔrentumi mma kronkronbea hɔ na ɔnwura mu nkɔ ntwamutam no akyi+ wɔ Adaka no mmuasoɔ anim berɛ biara a ɔpɛ,+ anyɛ saa a ɔbɛwu,+ ɛfiri sɛ mɛyi me ho adi mununkum mu+ wɔ mmuasoɔ no+ so.

3 “Sɛ Aaron ba Kronkron Mu Kronkronbea hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔde ba nie: nantwinini kumaa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ+ ne odwennini a ɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ.+ 4 Ma no nhyɛ nwera ataade tenten kronkron no,+ na ɔnhyɛ nwera nika*+ nkata ne ho. Na ɔmfa nwera a ɔde bɔ ne mu no+ mmɔ so, na ɔmmɔ nwera abotire no.+ Ɛyɛ ntaade kronkron.+ Ɔmfa nsuo nnware+ ansa na wahyɛ.

5 “Ɔnnye mpɔnkyenini nkumaa mmienu mfiri Israel asafo no+ hɔ mfa mmɔ bɔne ho afɔreɛ, na ɔnnye odwennini baako mfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ.

6 “Afei ma Aaron mfa nantwinini a ɔde baeɛ no mmɔ bɔne ho afɔreɛ mma ne ho,+ na ɔmpata mma ne ho ne ne fie.

7 “Ɔwie a, ɔmfa mpɔnkyenini mmienu no mmra Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. 8 Ma Aaron mmɔ mpɔnkyenini mmienu no so ntonto nhunu deɛ ɔde bɛma Yehowa ne deɛ ɔde bɛyɛ Asasel* apɔnkyenini. 9 Aaron mfa apɔnkyenini a ntonto no bɛyi no+ ama Yehowa no mmɔ bɔne ho afɔreɛ. 10 Apɔnkyenini a ntonto no bɛyi no sɛ Asasel apɔnkyenini no deɛ, ɔmfa no mmɛgyina Yehowa anim animono, na wɔnkɔgyaa Asasel apɔnkyenini no wɔ serɛ so, na ama nkurɔfoɔ no anya bɔnefakyɛ.+

11 “Ma Aaron mfa nantwinini a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ama ne ho no mmra, na ɔmpata mma ne ho ne ne fie. Ɛno akyi no, ɔnkum nantwinini a ɔde rebɔ bɔne ho afɔreɛ ama ne ho no.+

12 “Afei afɔrebukyia a ɛwɔ Yehowa anim no, ɔnyi nnyasramma a ɛwɔ so no bi ngu kyɛnsee a wɔde egya gu mu mu,+ na ɔmfa aduhwam a wɔasi no muhumuhu+ nsa ma mmienu nka ho nwura mu nkɔ ntwamutam no+ akyi. 13 Ɔmfa aduhwam no ngu gya no so wɔ Yehowa anim,+ na aduhwam wisie kumɔnn no nkata Adanseɛ Adaka+ mmuasoɔ no+ so. Ma no nyɛ saa na wanwu.

14 “Ma no mfa ne nsateaa mmɔ nantwinini no mogya+ mu mpete mmuasoɔ no anim baabi a ɛhwɛ apueeɛ fam no; ma no mfa mogya no mpete mmuasoɔ no anim mprɛ nson.+

15 “Ɔnkum apɔnkyenini a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ama ɔman no,+ na ɔmfa ne mogya+ no nwura mu nkɔ ntwamutam no akyi,+ na ɔnyɛ deɛ ɔde nantwinini no mogya yɛeɛ no ara bi. Ɔmfa mpete mmuasoɔ no anim.

16 “Israelfoɔ nneyɛɛ a ɛho nte, wɔn mmarato, ne wɔn bɔne nyinaa+ nti, ma no mpata mma kronkronbea no. Saa na ɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan a ɛwɔ Israelfoɔ a wɔn ho nte no mfimfini no.

17 “Sɛ ɔkɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ kɔbɔ mpata afɔreɛ a, ɛnsɛ sɛ obiara kɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu kɔsi sɛ ɔbɛba. Ma no mpata mma ne ho ne ne fie+ ne Israel asafo nyinaa.+

18 “Afei ɔmmra afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no ho na ɔmpata mma afɔrebukyia no. Ɔmfa nantwinini ne apɔnkyenini mogya no bi nyɛ afɔrebukyia no mmɛn no biara ho. 19 Bio nso, ɔmfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu na ɔmfa mpete so mprɛ nson, na ɔnte ho mfiri Israelfoɔ nneyɛɛ a ɛho nte ho, na ɔnyɛ no kronkron.

20 “Sɛ ɔpata ma Kronkron Mu Kronkronbea no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no wie a,+ ɔmfa apɔnkyenini a ɔte ase no mmra.+ 21 Aaron mfa ne nsa mmienu ngu apɔnkyenini no apampam, na ɔnka Israelfoɔ mfomsoɔ nyinaa, wɔn mmarato nyinaa, ne wɔn bɔne nyinaa ngu apɔnkyenini no tiri so,+ na ɔmfa no mma ɔbarima a wɔayi no sɛ ɔmfa no nkɔ no,* na ɔnkɔgyaa no wɔ serɛ so. 22 Ma no nnyaa apɔnkyenini no wɔ serɛ no so, na apɔnkyenini no nsoa wɔn bɔne nyinaa+ nkɔ serɛ no so.+

23 “Afei Aaron nkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu na ɔnyi nwera ntaadeɛ a ɔhyɛ kɔɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ no, na ɔnnya no hɔ. 24 Ɔmfa nsuo nnware*+ wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ n’asɔfotaadeɛ;+ afei ɔmpue mmɛbɔ ɔno ara ne hyeɛ afɔreɛ+ ne ɔman no hyeɛ afɔreɛ.+ Na ɔmpata mma ne ho ne ɔman no.+ 25 Ɔnhye mmoa a ɔde rebɔ bɔne ho afɔreɛ no sradeɛ wɔ afɔrebukyia no so.

26 “Ɔbarima a ɔkɔgyaa Asasel apɔnkyenini+ no nso nsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo nnware ansa na waba asoɛeɛ hɔ.

27 “Afei nantwinini ne apɔnkyenini a wɔde bɛbɔɔ bɔne ho afɔreɛ a wɔde wɔn mogya kɔpataa wɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ no, ma wɔmfa nkɔ asoɛeɛ no akyi, na wɔmfa gya nhye wɔn nwoma, wɔn nam, ne wɔn bini.+ 28 Deɛ ɔbɛhye mmoa no, ma no nsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo nnware ansa na waba asoɛeɛ hɔ.

29 “Wei bɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, monni awerɛhoɔ,* na kuromanni oo, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo, mma obiara nnyɛ adwuma biara.+ 30 Saa da yi na wɔbɛpata ama mo+ de ate mo ho. Mo ho bɛte afiri mo bɔne nyinaa ho wɔ Yehowa anim.+ 31 Ɛyɛ homeda a mode bɛhome koraa, na ɛsɛ sɛ modi* awerɛhoɔ.+ Ɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa.

32 “Ɔsɔfoɔ a wɔbɛsra no+ ahyɛ no sɔfoɔ*+ ama no asi ne papa ananmu+ no, ɔno na ɔbɛbɔ mpata afɔreɛ no, na wahyɛ nwera ntaade kronkron no.+ 33 Ɔmpata mma Kronkron Mu Kronkronbea no,+ ahyiaeɛ ntomadan no,+ ne afɔrebukyia no,+ na ɔmpata mma asɔfoɔ no ne Israel asafo nyinaa.+ 34 Wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa,+ na afe biara mobɛpata ama Israelfoɔ bɔne nyinaa prɛko.”+

Enti ɔyɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.

17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie:

3 “‘“Ɛnsɛ sɛ Israelni biara kum nantwie anaa odwennini kumaa anaa apɔnkye wɔ asoɛeɛ hɔ anaa asoɛeɛ no akyi. 4 Mmom ɛsɛ sɛ ɔde ba Yehowa ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano bɛbɔ afɔreɛ wɔ Yehowa anim, kyerɛ sɛ, ɔsom ntomadan no kwan ano. Anyɛ saa a, wɔbɛbu no sɛ wadi mogya ho fɔ. Wahwie mogya agu, enti wɔbɛku no.* 5 Wei bɛma Israelfoɔ de mmoa a anka wɔbɛkum wɔn wɔ wuram no aba Yehowa anim de abrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ wɔde bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ma Yehowa.+ 6 Afei ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de mogya no pete Yehowa afɔrebukyia no so wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na ɔhye sradeɛ no ma no yɛ afɔreɛ hwamhwam* ma Yehowa.+ 7 Enti ɛnsɛ sɛ wɔbɔ afɔreɛ ma abosom a wɔte sɛ mpɔnkye*+ a wɔne wɔn bɔ adwaman no bio.+ Wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”’

8 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a wabɛsoɛ mo mu a ɔpɛ sɛ ɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ anaa afɔreɛ foforɔ bi no, 9 ɔmfa mmrɛ Yehowa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, anyɛ saa a, wɔbɛku no.*+

10 “‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a wabɛsoɛ mo mu a ɔbɛdi mogya+ biara no, mɛma m’ani asa deɛ* ɔdi mogya no, na mɛku no.* 11 Na ɔhonam biara nkwa* wɔ ne mogya mu,+ na me na mede ama mo sɛ momfa mpata mma mo ho* wɔ afɔrebukyia no+ so, ɛfiri sɛ nkwa* a ɛwɔ mogya mu nti, wɔde pata ma bɔne.+ 12 Wei nti maka akyerɛ Israelfoɔ sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mo mu biara* di mogya, na ɛnsɛ sɛ ɔhɔhoɔ biara a wabɛsoɛ mo mu+ nso di mogya.”+

13 “‘Sɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a wabɛsoɛ mo mu kɔ ahayɔ na ɔkye aboa anaa anomaa bi a ɔpɛ sɛ ɔdi a, ɔnhwie ne mogya ngu+ mfa dɔteɛ nkata so. 14 Na ɔhonam biara nkwa* ne ne mogya, ɛfiri sɛ nkwa* wɔ mogya no mu. Enti meka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Monnni ɔhonam biara mogya, ɛfiri sɛ ɔhonam biara nkwa* ne ne mogya. Obiara a ɔbɛdi no, wɔbɛku no.”*+ 15 Obiara* a ɔbɛwe aboa a wawu anaa deɛ aboa bi atete ne mu no,+ ɔyɛ kuromanni oo, ɔhɔhoɔ oo, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntaadeɛ na ɔde nsuo dware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ;+ anwummerɛ na ne ho bɛte. 16 Na sɛ wansi ne ntaadeɛ annware* a, ɛnneɛ wayɛ bɔne na ɔbɛnya ne bɔne so akatua.’”+

18 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Mene Yehowa mo Nyankopɔn.+ 3 Ɛnsɛ sɛ mosuasua Egyptfoɔ a na mote wɔn asaase so no, na Kaananfoɔ a mede mo rekɔ wɔn asaase so no nso, ɛnsɛ sɛ mosuasua wɔn+ anaa modi wɔn amanneɛ akyi. 4 M’atemmusɛm so na monni, na m’ahyɛdeɛ mu na monnante.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. 5 Monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so. Obiara a ɔbɛyɛ saa no nam so bɛnya nkwa.+ Mene Yehowa.

6 “‘Ɛnsɛ sɛ mo mu biara ne ne busuani a ɔbɛn no paa nya nna mu nkitahodie.*+ Mene Yehowa. 7 Ɛnsɛ sɛ wo ne wo papa nya nna mu nkitahodie, na ɛnsɛ sɛ wo ne wo maame nso nya nna mu nkitahodie. Ɔyɛ wo maame, enti ɛnsɛ sɛ wo ne no da.

8 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo papa yere da.+ Woyɛ saa a, woagu wo papa anim ase.*

9 “‘Wowɔ nuabaa a ɔyɛ wo papa babaa anaa wo maame babaa a, sɛ wɔwoo mo wɔ fie baako mu oo, sɛ ɛsono baabi a wɔwoo obiara oo, ɛnsɛ sɛ wo ne no da.+

10 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo babarima babaa anaa wo babaa babaa da, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo ara w’adagya.

11 “‘Wo papa babaa a ɔne ɔbaa foforɔ awo no no, ɛnsɛ sɛ wo ne no da. Ɔyɛ wo papa ba, enti ɔyɛ wo nuabaa.

12 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo papa nuabaa da. Ɔne wo papa yɛ mogya korɔ.+

13 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo maame nuabaa da, ɛfiri sɛ ɔne wo maame yɛ mogya korɔ.

14 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo papa nuabarima yere da. Ɛbɛyɛ animguaseɛ ama wo papa nuabarima no,* ɛfiri sɛ ne yere yɛ wo maame.+

15 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo ba yere da.+ Ɔyɛ w’ase, enti ɛnsɛ sɛ wo ne no da.

16 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo nua yere da,+ ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ animguaseɛ ama wo nua no.*

17 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne ɔbaa ne ne babaa nyinaa da,+ na ɛnsɛ sɛ wo ne ne babarima babaa anaa ne babaa babaa da. Wɔyɛ n’abusuafoɔ a wɔbɛn no. Woyɛ saa a, ɛyɛ ahohwibra.*

18 “‘Nware ɔbaa nka ne nuabaa ho mma wɔmmɛyɛ akorafoɔ,+ na ɛnsɛ sɛ wo ne no da berɛ a ne nua no da so te ase.

19 “‘Nkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho ne no nkɔda. Ne ho nte.+

20 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo yɔnko yere da de gu wo ho fĩ.+

21 “‘Ɛnsɛ sɛ woma wɔde wo ba biara bɔ afɔreɛ ma Molek.+ Nyɛ saa mfa ngu wo Nyankopɔn din ho fĩ.+ Mene Yehowa.

22 “‘Wo ne ɔbarima nnna sɛdeɛ wo ne ɔbaa da.+ Ɛyɛ akyiwadeɛ.

23 “‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima ne aboa da de gu ɔno ara ne ho fĩ, na ɛnsɛ sɛ ɔbaa de ne ho ma aboa ma no ne no da.+ Ɛyɛ akyiwadeɛ.

24 “‘Mfa weinom biara ngu wo ho fĩ, ɛfiri sɛ wei na ama aman a merepamo wɔn afiri w’anim yi ho agu fĩ.+ 25 Ɛno nti asaase no ho agu fĩ, na mede ne bɔne ho akatua bɛba ne so, na ɛbɛfe so nnipa agu.+ 26 Na mo deɛ, monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so,+ na ɛnsɛ sɛ moyɛ akyiwadeɛ yi bi. Kuromanni oo, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo, ɛnsɛ sɛ obiara yɛ bi.+ 27 Akyiwadeɛ yi nyinaa na wɔn a wɔtenaa asaase no so ansa na moreba no yɛeɛ.+ Ɛno nti na seesei asaase no ho nte no. 28 Ɛba saa a, asaase no remfe mo ngu te sɛ aman a wɔtenaa so ansa na moreba no, ɛfiri sɛ moangu ho fĩ. 29 Obiara a ɔbɛyɛ akyiwadeɛ yi bi no, wɔbɛku no.* 30 Monhwɛ nni m’ahyɛdeɛ so na moanyɛ amanneɛ tantan a wɔn a wɔtenaa asaase no so ansa na moreba no yɛeɛ no bi,+ na angu mo ho fĩ. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”

19 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israel asafo nyinaa sɛ, ‘Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.+

3 “‘Obiara nnya obuo* mma ne maame ne ne papa,+ na monni me home nna.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. 4 Monnni anyamehunu akyi,+ na monnyɛ dadeɛ ahoni biara.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

5 “‘Sɛ morebɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa a,+ monyɛ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.+ 6 Sɛ mobɔ afɔreɛ a, monni no saa da no ara anaa n’adekyeeɛ. Sɛ ebi ka ma no di nnansa a, momfa gya nhye.+ 7 Sɛ ɛdi nnansa na obi di a, ɛyɛ atantanneɛ. Nhyira biara nnim. 8 Deɛ ɔbɛdi no, wayɛ bɔne, na ɔbɛnya ne bɔne so akatua, ɛfiri sɛ wagu Yehowa nneɛma kronkron ho fĩ. Ɛsɛ sɛ wɔku no.*

9 “‘Sɛ moretwa mo asaase so nnɔbaeɛ a, monntwa deɛ ɛwɔ afuo no anoano no nyinaa, na monnsesa deɛ aka aseɛ no.+ 10 Na wotwa wo bobefuo* mu aba nso a, ɛnsɛ sɛ wosesa aba a aka aseɛ anaa deɛ agugu fam no. Gya ma ahiafoɔ*+ ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu no. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

11 “‘Mommmɔ korɔno,+ monnnaadaa obiara,+ na monntwa mo yɔnko nkontompo. 12 Mommfa me din nnka atorɔ ntam+ na moangu mo Nyankopɔn din ho fĩ. Mene Yehowa. 13 Nsisi wo yɔnko,+ na mmɔ nkurɔfoɔ apoo.+ Mfa ɔpaani akatua nto wo ho mma adeɛ nkye so.+

14 “‘Nnome obi a n’aso asi,* na mfa biribi nsi nifirani kwan mu.+ Suro wo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa.

15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnhwɛ ne hia ho nnkɔgyina n’afã, na moredi ɔdefoɔ asɛm nso a, monnhwɛ ne sika ho nnkɔgyina n’afã.+ Mommu atɛntenenee mma mo yɔnko.

16 “‘Nkyinkyini nsɛe wo yɔnko din.+ Na mfa wo yɔnko nkwa* nto asiane mu.*+ Mene Yehowa.

17 “‘Nnya wo nua ho tan wɔ w’akomam.+ Deɛ ɛteɛ biara wo ne wo yɔnko no nkasa,+ na woansoa ne bɔne no bi.

18 “‘Obi yɛ biribi tia wo a, ntua ne so ka,+ na nnya wo nkurɔfoɔ ho menasepɔ. Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.+ Mene Yehowa.

19 “‘Monni m’ahyɛdeɛ yi so: Mommma mo afieboa a ɛsono wɔn mu biara mmforo wɔn ho. Monnnua aba mmienu a ɛsono emu biara wɔ afuo baako mu,+ na monnhyɛ ataadeɛ a wɔde nhoma ahodoɔ mmienu afra anwene.+

20 “‘Sɛ ɔbarima bi ne afenaa a wɔde no rema ɔbarima foforɔ da, na sɛ wɔntɔɔ ɔbaa no mfirii nkoasom mu anaa ɔnnya nnee ne ho a, ɛsɛ sɛ wɔnya ho asotwe. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔku wɔn, ɛfiri sɛ ɔbaa no nnya nnee ne ho. 21 Ɔbarima no mfa odwennini mmrɛ Yehowa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano mma wɔmfa mmɔ afɔdie afɔreɛ.+ 22 Ɔsɔfoɔ no de odwennini no bɛbɔ afɔdie afɔreɛ wɔ Yehowa anim de apata ne bɔne, na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.

23 “‘Sɛ moduru asaase no so na modua dua biara a mobɛdi so aba a, ɛsɛ sɛ mobu dua no sɛ ɛso aba ho nte, na wɔabara.* Ɛbɛsi hɔ mfeɛ mmiɛnsa sɛ dua a wɔabara.* Ɛnsɛ sɛ modi bi. 24 Nanso afe a ɛtɔ so nnan no, dua no so aba nyinaa bɛyɛ kronkron, na ɛbɛyɛ berɛ a mobɛdi ahurisie wɔ Yehowa anim.+ 25 Afei ɛduru afe a ɛtɔ so nnum no a, mobɛtumi adi n’aba no bi, na mode aka nnɔbaeɛ a motwa no ho. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

26 “‘Monnni biribiara a mogya da so wom.+

“‘Monnkɔ abisa, na monnni nkonyaayie akyi.+

27 “‘Monnyi* mo asontorɔm nwi, na monntwitwa mo abɔdwesɛ ano nnsɛe no.+

28 “‘Monntwitwa mo ho akam mmma obi* a wawu,+ na monnyeyɛ ahyɛnsodeɛ* wɔ mo honam ani. Mene Yehowa.

29 “‘Mma wo babaa nnnane tuutuuni+ nngu n’anim ase, na amma asaase no ammɔ adwaman, na brabɔne anhyɛ so ma.+

30 “‘Monni me home nna,+ na monni me tenabea kronkron no ni.* Mene Yehowa.

31 “‘Monnkɔ akɔmfoɔ anaa asumanfoɔ nkyɛn+ na mo ho angu fĩ. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

32 “‘Sɔre fa anidie ma deɛ wafu dwene,+ di akɔkoraa ni,+ na suro wo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa.

33 “‘Sɛ ɔhɔhoɔ bɛsoɛ mo asaase so a, monntan n’ani.+ 34 Mommu ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no sɛ kuromanni,+ na monnɔ no sɛ mo ho, ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Egypt asaase so.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

35 “‘Sɛ moresusu biribi oo, morekari oo, morehyɛ oo, mommma nnaadaa mmma mu.+ 36 Sɛ mode nsenia,* nkariboɔ, anaa susukuruwa* resusu adeɛ a, momfa deɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ nsusu.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔde mo firi Egypt asaase so baeɛ no. 37 Enti monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm nyinaa so, na monyɛ deɛ maka nyinaa.+ Mene Yehowa.’”

20 Yehowa toaa so kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a ɔte Israel a ɔde ne ba biara bɛma Molek no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ Asaase no sofoɔ nsi no aboɔ nku no. 3 Me ara nso mɛma m’ani asa onipa a ɔte saa na maku no,* ɛfiri sɛ ɔde ne ba ama Molek de agu me kronkronbea ne me din kronkron no ho fĩ.+ 4 Sɛ ɔde ne ba ma Molek na asaase no sofoɔ bu wɔn ani gu so na wɔanku no a,+ 5 ɛnneɛ mɛma m’ani asa saa onipa no ne n’abusua,+ na ɔne wɔn a wɔdii n’akyi ne Molek bɔɔ adwaman no nyinaa, mɛku wɔn.*

6 “‘Obiara* a ɔbɛfiri m’akyi akɔdi akɔmfoɔ anaa asumanfoɔ akyi*+ no, mɛma m’ani asa onipa a ɔte saa no na maku no.*+

7 “‘Monte mo ho na monyɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn. 8 Monhwɛ nni m’ahyɛdeɛ so.+ Mene Yehowa, na me na merema mo ho ate.+

9 “‘Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame* no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ Ne papa ne ne maame na wadome wɔn, enti ne mogya bɛgu ɔno ara ne tiri so.

10 “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere bɛsɛe awareɛ, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda no, ɛsɛ sɛ wɔku no. Wɔnku ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no nyinaa.+ 11 Ɔbarima a ɔne ne papa yere bɛda no agu ne papa anim ase.*+ Wɔnku wɔn mmienu nyinaa. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so. 12 Sɛ ɔbarima ne ne ba yere da a, ɛsɛ sɛ wɔku wɔn mmienu nyinaa. Wɔayɛ akyiwadeɛ. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so.+

13 “‘Sɛ ɔbarima ne ne yɔnko barima da sɛdeɛ ɔne ɔbaa da a, wɔn mmienu nyinaa ayɛ akyiwadeɛ.+ Ɛsɛ sɛ wɔku wɔn. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so.

14 “‘Sɛ ɔbarima fa ɔbaa ne ne maame nyinaa a, ɛyɛ ahohwibra.*+ Ɛsɛ sɛ wɔhye ɔne wɔn nyinaa wɔ gya mu+ na ahohwibra antena mo mu.

15 “‘Ɔbarima biara a ɔne aboa bɛda no, ɛsɛ sɛ moku no na mokum aboa no ka ho.+ 16 Sɛ ɔbaa bi de ne ho ma aboa ma no fa no a,+ monku ɔbaa no ne aboa no nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔwu. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so.

17 “‘Sɛ ɔbarima bi ne ne nuabaa a ɔyɛ ne papa ba anaa ne maame ba da ma no hu n’adagya na ɔbaa no nso hu n’adagya a, ɛyɛ aniwudeɛ.+ Enti ɛsɛ sɛ wɔku wɔn* wɔ wɔn man mufoɔ anim. Ɛyɛ animguaseɛ ma ne nuabaa no.* Wayɛ bɔne, na ɔbɛnya ne bɔne so akatua.

18 “‘Sɛ ɔbarima ne ɔbaa a wayɛ bra da a, ɛyɛ ɔbaa no mogya na wɔn mmienu abue so.+ Wɔn mmienu nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔku wɔn.*

19 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo maame nuabaa anaa wo papa nuabaa da, ɛfiri sɛ obi yɛ saa a, ɛyɛ animguaseɛ ma ne busuani a ɔbɛn no no.+ Wɔayɛ bɔne, na wɔbɛnya wɔn bɔne so akatua. 20 Sɛ obi ne ne papa nua yere da a, wagu ne papa nua no anim ase.*+ Wɔayɛ bɔne, na wɔbɛnya wɔn bɔne so akatua. Wɔbɛwu, na wɔrennya mma. 21 Sɛ obi fa ne nua yere a, ɛyɛ abofonodeɛ.+ Wagu ne nua anim ase.* Wɔrennya mma.

22 “‘Monhwɛ nni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm nyinaa so,+ na asaase a mede mo rekɔ so no amfe mo angu.+ 23 Aman a merepamo wɔn afiri mo anim no, monnni wɔn amanneɛ akyi,+ ɛfiri sɛ wɔayɛ saa nneɛma yi nyinaa ama wɔn ho ayɛ me abofono.+ 24 Wei nti meka kyerɛɛ mo sɛ: “Mobɛfa wɔn asaase, na mede saa asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so+ no bɛma mo na ayɛ mo agyapadeɛ. Mene Yehowa mo Nyankopɔn; me na mate mo afiri aman a aka no ho.”+ 25 Momma nsonsonoeɛ nna mmoa a wɔn ho te ne wɔn a wɔn ho nte ntam, ne nnomaa a wɔn ho te ne wɔn a wɔn ho nte ntam.+ Ɛnsɛ sɛ mode mmoa anaa nnomaa anaa biribiara a ɛwea fam a makyerɛ sɛ wɔn ho nte no gu mo ho* fĩ.+ 26 Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me Yehowa meyɛ kronkron,+ na merete mo afiri aman a aka no ho de mo ayɛ m’agyapadeɛ.+

27 “‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi yɛ kɔmfoɔ anaa osumanni* a, wɔnku wɔn.+ Wɔnsi wɔn aboɔ nku wɔn. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so.’”

21 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo ne Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Obiara nhwɛ na wamfa efunu* angu ne ho fĩ wɔ ne manfoɔ mu.+ 2 Nanso sɛ ɔyɛ ne busuani a ɔbɛn no pɛɛ, ne maame, ne papa, ne babarima, ne babaa, anaa ne nuabarima deɛ a, ɔbɛtumi ama wɔagu ne ho fĩ. 3 Ne nuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔte bɛn no na ɔnnya nwareeɛ nso, ɔbɛtumi ama no agu ne ho fĩ. 4 Ɔrentumi mfa ɔbaa a waware wɔ ɔman no mu funu ngu ne ho fĩ. 5 Ɛnsɛ sɛ wɔwerɛ wɔn tiri ho,+ wɔtwitwa wɔn abɔdwesɛ ano sɛe no, anaa wɔtwitwa wɔn ho akam.+ 6 Wɔnyɛ kronn wɔ wɔn Nyankopɔn anim,+ na ɛnsɛ sɛ wɔgu wɔn Nyankopɔn din ho fĩ,+ ɛfiri sɛ wɔn na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma Yehowa na wɔde paanoo* ba wɔn Nyankopɔn anim; enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronn.+ 7 Ɛnsɛ sɛ wɔware tuutuuni baa,+ ɔbaa a ɔbarima de ne ho aka no, anaa deɛ ne kunu agyaa no,+ ɛfiri sɛ ɔsɔfoɔ no yɛ kronkron ma ne Nyankopɔn. 8 Te ne ho,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔde wo Nyankopɔn paanoo brɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me Yehowa a merema mo ho ate no, meyɛ kronkron.+

9 “‘Sɛ ɔsɔfoɔ babaa dane tuutuuni de gu ne ho fĩ a, ɔregu ne papa ho fĩ. Wɔnhye ɔbaa no wɔ gya mu.+

10 “‘Ɔsɔfo panin a wɔbɛyi no afiri ne nuanom mu ahwie ɔsrango agu n’apampam asra no+ ahyɛ no sɔfoɔ* sɛ ɔnhyɛ asɔfotaadeɛ no,+ ɛnsɛ sɛ ɔgya ne tiri nwi basaa, na ɛnsɛ sɛ ɔsuane n’ataadeɛ mu.+ 11 Ɛnsɛ sɛ ɔbɛn efunu* biara ho.+ Ɔrentumi mfa ne papa anaa ne maame mpo funu ngu ne ho fĩ. 12 Ɛnsɛ sɛ ɔfiri tenabea kronkron hɔ kɔ, na ɛnsɛ sɛ ɔgu ne Nyankopɔn tenabea kronkron no ho fĩ,+ ɛfiri sɛ ahosohyira sɛnkyerɛnne, Onyankopɔn srango+ no wɔ ne so. Mene Yehowa.

13 “‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbaabunu.+ 14 Ɔbaa kunafoɔ, deɛ ne kunu agyaa no, ɔbaa a ɔbarima de ne ho aka no, anaa tuutuuni deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔware wɔn mu biara. Mmom ɔnware ne man muni a ɔyɛ ɔbaabunu. 15 Ɛnsɛ sɛ ɔgu n’asefoɔ* ho fĩ wɔ ne man mu,+ ɛfiri sɛ me Yehowa na merema ne ho ate.’”

16 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17 “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘W’asefoɔ* awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, ɛnsɛ sɛ ɔbarima biara a dɛm wɔ ne ho de ne Nyankopɔn paanoo ba n’anim. 18 Ɔbarima biara a dɛm wɔ ne ho mmma m’anim: onifirani, apakye, obi a n’anim adi dɛm,* deɛ ne nan anaa ne nsa baako ware kyɛn baako, 19 deɛ ne nan anaa ne nsa mu abu, 20 afũ, akwatia,* deɛ n’ani atɔ kyima, deɛ wadɔre ntwom, deɛ ɛyam atotɔ ne ho, anaa deɛ ne hwewa mu aba abɔ.+ 21 Aaron aseni* biara a dɛm wɔ ne ho rentumi mma Yehowa anim mmɛhye afɔrebɔdeɛ mma no. Ɛdɛm a ɛwɔ ne ho nti, ɔrentumi mma sɛ ɔde ne Nyankopɔn paanoo rebrɛ no. 22 Ne Nyankopɔn paanoo a ɛfiri nneɛma kronkron mu anaa ade kronkron paa+ mu no, ɔbɛtumi adi bi.+ 23 Nanso dɛm no nti ɔrentumi mma ntwamutam+ anaa afɔrebukyia+ no ho. Ɛnsɛ sɛ ɔgu me tenabea kronkron no ho fĩ,+ ɛfiri sɛ me Yehowa na merema wɔn ho ate.’”+

24 Enti Mose de asɛm yi too Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa anim.

22 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ nneɛma kronkron a Israelfoɔ no rete ho ama me no, wɔnyɛ ahwɛyie wɔ ho* na wɔangu me din kronkron no ho fĩ.+ Mene Yehowa. 3 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, sɛ mo asefoɔ mu biara ho gu fĩ na ɔba nneɛma kronkron a Israelfoɔ ate ho ama Yehowa no ho a, wɔnku saa onipa no.*+ Mene Yehowa. 4 Aaron asefoɔ no mu barima biara a ɔyare kwata+ anaa nsuo firi ne ho sene+ rentumi nni nneɛma kronkron no bi kɔsi sɛ ne ho bɛte,+ na deɛ ne ho aka obi a efunu* agu ne ho fĩ+ nso rentumi nni. Saa ara na sɛ ɔbarima bi ho ba,+ 5 anaa ne ho ka aboa a ɔwea fam+ a ne ho nte anaa ne ho ka obi a biribi agu ne ho fĩ a,+ ɔrentumi nni. 6 Obi* a ne ho bɛka biribi a ɛte saa no ho rente kɔsi anwummerɛ, na ɛnsɛ sɛ ɔdi nneɛma kronkron no bi. Ɛsɛ sɛ ɔde nsuo dware.+ 7 Sɛ awia kɔtɔ a, ne ho bɛte, na ɔbɛtumi adi nneɛma kronkron no bi, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’aduane.+ 8 Afei nso, ɔnhwɛ na wanwe aboa funu anaa deɛ aboa foforɔ atete ne mu, na ne ho angu fĩ.+ Mene Yehowa.

9 “‘Wɔnhwɛ nni m’ahyɛdeɛ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrengu me nneɛma kronkron ho fĩ, na wɔanni fɔ amma wɔanwuwu. Mene Yehowa, na me na merema wɔn ho ate.

10 “‘Obiara a ɔmfiri asɔfoɔ abusua mu* rentumi nni nneɛma kronkron no bi.+ Ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ ɔsɔfoɔ anaa ɔpaani biara rentumi nni nneɛma kronkron no bi. 11 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ te sika tɔ obi* a, onii no bɛtumi adi bi. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ ne fie nso bɛtumi adi n’aduane no bi.+ 12 Sɛ ɔsɔfoɔ babaa kɔware obi a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ* a, ɔbaa no rentumi nni afɔrebɔdeɛ kronkron no bi. 13 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ babaa bɛyɛ okunafoɔ anaa sɛ ne kunu gyaa no na ɔnni mma, na sɛ ɔsan kɔtena ne papa fie te sɛ berɛ a na ɔyɛ abaayewa no a, ɔbɛtumi adi ne papa aduane no bi;+ obi a ɔmfiri asɔfoɔ abusua mu* deɛ, ɔrentumi nni bi.

14 “‘Sɛ obi di ade kronkron berɛ a ɛnsɛ sɛ ɔdi na n’ani ba ne ho so a, ɔmfa dekodeɛ no nkyɛmu nnum mu baako nka afɔrebɔ kronkron no ho mmrɛ ɔsɔfoɔ no.+ 15 Enti wɔnhwɛ na wɔangu nneɛma kronkron a Israelfoɔ de bɛbrɛ Yehowa no ho fĩ+ 16 ɛsiane sɛ wɔadi ade kronkron nti. Anyɛ saa a wɔbɛdi fɔ na wɔanya ho asotwe. Mene Yehowa, na me na merema wɔn ho ate.’”

17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa sɛ, ‘Sɛ bɔhyɛ bi nti Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte Israel de aboa bi ba sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ anaa ayamyɛ afɔreɛ+ mma Yehowa a, 19 deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn ani asɔ no, ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nantwinini, odwennini kumaa, anaa apɔnkyenini a ɔte apɔ.+ 20 Mommfa biribiara a dɛm wɔ ho mmma,+ anyɛ saa a, n’ani rensɔ.

21 “‘Sɛ obi de aboa bi rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ+ ama Yehowa de atua bɔhyɛ bi anaa ɔde rebɛbɔ ayamyɛ afɔreɛ a, ɔmfa odwan anaa nantwie a ɔte apɔ a dɛm biara nni ne ho mmra na ama n’ani asɔ. 22 Mommfa aboa a n’ani abɔ, deɛ ne dompe mu abu, deɛ biribi atwa no, deɛ ne ho atutu akuro, deɛ wadɔre ntwom, anaa deɛ ɛyam atotɔ ne ho mmmrɛ Yehowa; monnhye weinom biara wɔ afɔrebukyia no so mmmɔ afɔreɛ mmma Yehowa. 23 Sɛ nantwie anaa odwan bi nan baako ware anaa ɛyɛ tia dodo a, mobɛtumi de abɔ ayamyɛ afɔreɛ, nanso sɛ mode tua bɔhyɛ bi a, ɛrensɔ ani. 24 Mommfa aboa a ne hwewa abɔ, apɛkyɛ, ate afiri hɔ, anaa wɔatwa afiri so mmma Yehowa anim, na mommfa mmmɔ afɔreɛ wɔ mo asaase so. 25 Monnnye weinom mu biara mmfiri ɔhɔhoɔ nsam mma mo Nyankopɔn sɛ afɔrebɔdeɛ,* ɛfiri sɛ wɔn ho agu fĩ na wɔadi dɛm. Ɛrensɔ ani.’”

26 Yehowa ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: 27 “Sɛ nantwie anaa odwan anaa apɔnkye wo a, ne ba no ntena ne maame nkyɛn nnanson,+ na ɛfiri da a ɛtɔ so nwɔtwe rekɔ no, mobɛtumi de ne ba no abɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ama Yehowa ama n’ani asɔ. 28 Monnkum nantwie anaa odwan ne ne ba nyinaa da koro.+

29 “Sɛ morebɔ aseda afɔreɛ ama Yehowa a,+ mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani. 30 Monni no saa da no ara. Monnnya bi mmma adeɛ nnkye so.+ Mene Yehowa.

31 “Monni m’ahyɛdeɛ so, na monyɛ deɛ maka nyinaa.+ Mene Yehowa. 32 Monngu me din kronkron no ho fĩ.+ Monte me din ho wɔ Israelfoɔ mu.+ Mene Yehowa, na me na merema mo ho ate.+ 33 Me na meyii mo firii Egypt asaase so maa mohuu sɛ mene mo Nyankopɔn no.+ Mene Yehowa.”

23 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Yehowa afahyɛ ahodoɔ+ a ɛsɛ sɛ mobɔ no dawuro+ no yɛ nhyiamu kronkron. M’afahyɛ ahodoɔ no nie:

3 “‘Monyɛ adwuma nnansia, na da a ɛtɔ so nson no yɛ da a ɛsɛ sɛ mohome koraa;+ ɛyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara. Baabi a mobɛtena biara no, monkae sɛ ɛyɛ Homeda ma Yehowa.+

4 “‘Weinom ne Yehowa afahyɛ ahodoɔ a ɛyɛ nhyiamu kronkron no; berɛ no so a mommɔ no dawuro: 5 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 no+ anwummerɛ* yɛ Yehowa Twam Afahyɛ.+

6 “‘Saa bosome yi da a ɛtɔ so 15 no yɛ Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ ma Yehowa.+ Enti monni paanoo a mmɔka nnim nnanson.+ 7 Ɛda a ɛdi kan no bɛyɛ nhyiamu kronkron ama mo.+ Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 8 Mmom momfa nnanson mmɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa. Na da a ɛtɔ so nson no yɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.’”

9 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Sɛ monya duru asaase a mede rema mo no so na motwa ɛso nnɔbaeɛ a, momfa mo aba a ɛdi kan+ a moaboaboa ano atifi atifi no baako mmrɛ ɔsɔfoɔ no.+ 11 Afei ɔsɔfoɔ no nhim nnɔbaeɛ a wɔde abrɛ no no wɔ Yehowa anim na moanya nhyira. Ɔnhim no da a ɛdi Homeda so no. 12 Ɛda a mobɛma wɔahim nnɔbaeɛ no, momfa odwennini kumaa a wadi afe mmra mma wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa. 13 Afei momfa ngo mfete esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmienu* mmɛbɔ aduane afɔreɛ hwamhwam* a wɔhye ma Yehowa no. Momfa bobesa hin* nkyɛmu nnan mu baako nka ho mmɛbɔ nsã afɔreɛ. 14 Ɛnsɛ sɛ modi paanoo, mowe nkyeweɛ, anaa modi baali* a moatwa no foforɔ no bi kɔsi da a mode mo afɔrebɔdeɛ bɛba mo Nyankopɔn anim no. Baabi a mobɛtena biara, wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

15 “‘Homeda no akyi da a ɛdi hɔ a mode nnɔbaeɛ a moaboaboa ano atifi atifi no baako bɛba abɛbɔ ohim afɔreɛ no, monkan Homeda nson mfiri saa da no.+ Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnawɔtwe nson pɛpɛɛpɛ. 16 Monkan nnafua 50,+ na ɛbɛkɔ akɔsi da a ɛdi Homeda a ɛtɔ so nson no akyi, na momfa nnɔbaeɛ foforɔ nyɛ aduane afɔreɛ mmrɛ Yehowa.+ 17 Baabi a mote biara, momfa paanoo mmienu mmɛbɔ ohim afɔreɛ. Momfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmienu* ntõ paanoo a mmɔka wom no,+ na ɛnyɛ aba a ɛdi kan mma Yehowa.+ 18 Momfa adwennini nkumaa nson a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe ne nantwinini kumaa baako ne adwennini mmienu nka paanoo no ho mmra.+ Wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa nka aduane ne nsã afɔreɛ no ho, na ɛnyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa. 19 Momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ+ na momfa adwennini nkumaa mmienu a wɔn mu biara adi afe mmɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ 20 Ɔsɔfoɔ no mfa adwennini nkumaa mmienu no nka paanoo a wɔde aba a ɛdi kan yɛeɛ no ho, na ɔnhim sɛ ohim afɔreɛ mma Yehowa. Ɛyɛ kronkron ma Yehowa, na ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ no dea.+ 21 Saa da no duru a, mommɔ dawuro+ sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron ma mo. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. Baabi a mobɛtena biara, wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

22 “‘Sɛ moretwa mo asaase so nnɔbaeɛ a, monntwa deɛ ɛwɔ afuo no anoano no nyinaa, na monnsesa deɛ aka aseɛ no.+ Monnya mma ahiafoɔ*+ ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”

23 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monhome koraa. Ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔbɛhyɛne totorobɛnto de abɔ no dawuro.+ 25 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara, mmom mommɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa.’”

26 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 27 “Bosome a ɛtɔ so nson yi da a ɛtɔ so du no deɛ, ɛyɛ Mpata Da.+ Ɛyɛ nhyiamu kronkron ma mo; monni awerɛhoɔ,*+ na mommɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa. 28 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa da yi, ɛfiri sɛ ɛyɛ da a wɔbɛpata ama mo+ wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim. 29 Obiara* a wanni awerɛhoɔ* saa da no, wɔbɛku no.*+ 30 Na obiara* a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, mɛku no. 31 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara. Na baabi a mobɛtena biara, wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 32 Ɛyɛ da a mobɛhome koraa, na bosome no da a ɛtɔ so nkron no anwummerɛ no, monni* awerɛhoɔ.+ Monni homeda no mfiri anwummerɛ nkɔsi anwummerɛ.”

33 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 34 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson yi da a ɛtɔ so 15 no yɛ Apata* Afahyɛ ma Yehowa, na nnanson na mode bɛdi.+ 35 Ɛda a ɛdi kan no yɛ nhyiamu kronkron, na ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 36 Momfa nnanson mmɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ nhyiamu kronkron ma mo,+ na mommɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa. Ɛyɛ nhyiamu titire. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.

37 “‘Weinom ne Yehowa afahyɛ ahodoɔ+ a ɛsɛ sɛ mobɔ no dawuro sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron+ a mobɛbɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa: ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne aduane afɔreɛ+ ne nsã afɔreɛ+ sɛdeɛ wɔahyehyɛ ama da biara. 38 Weinom nyinaa akyi no, mode afɔreɛ a mobɛbɔ no Yehowa home nna,+ mo akyɛdeɛ,+ mo bɔhyɛ afɔreɛ,+ ne mo ayamyɛ afɔreɛ+ a mode bɛma Yehowa no nso bɛba. 39 Nanso bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so 15, berɛ a moaboaboa mo asaase so nnɔbaeɛ ano no, monni Yehowa afahyɛ no nnanson.+ Ɛda a ɛdi kan ne da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɛsɛ sɛ mohome koraa.+ 40 Ɛda a ɛdi kan no, mompɛ nnua fɛfɛ so aba ne berɛ+ ne dua mman a ahaban wɔ so kusuu ne nsuano nnua, na monni ahurisie+ nnanson wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim.+ 41 Ɛyɛ Yehowa afahyɛ a ɛsɛ sɛ modi no nnanson afe biara.+ Wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; bosome a ɛtɔ so nson mu na monni afahyɛ yi. 42 Montenatena apata ase nnanson.+ Ɛsɛ sɛ Israel man mma nyinaa tenatena apata ase, 43 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nkyirimma bɛhu+ sɛ berɛ a meyii Israelfoɔ firii Egypt asaase so no, apata ase na memaa wɔtenatenaeɛ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”

44 Ɛnna Mose kaa Yehowa afahyɛ ahodoɔ no ho asɛm kyerɛɛ Israelfoɔ no.

24 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmma wo ngo korɔgyenn a ɛfiri ngodua mu; ɛno na wɔde bɛgu nkanea no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛsi so daa a ɛrennum.+ 3 Nkanea a ɛsisi ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ ntwamutam a ɛsɛn baabi a Adanseɛ Adaka no wɔ akyi no, Aaron nhwɛ mma wɔnsɔ, na ɔnhwɛ sɛ daa ɛbɛsi so afiri anwummerɛ akɔsi anɔpa wɔ Yehowa anim. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 4 Kaneadua+ a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ no, ɔnhwɛ sɛ ɛso nkanea no bɛyɛ adwuma daa wɔ Yehowa anim.

5 “Fa esiam muhumuhu tõ paanoo 12 a wɔayɛ no sɛ nkawa. Fa esiam efa nkyɛmu du mu mmienu* tõ paanoo no biara. 6 Yɛ no akuo mmienu wɔ sika kɔkɔɔ pono no so wɔ Yehowa anim;+ fa nsia toto so wɔ fã ha, na fa nsia nso toto so wɔ fã ha.+ 7 Fa ɛhyɛ* papa gu kuo biara so, na ɛbɛgyina hɔ* ama afɔreɛ a wɔde paanoo rebɔ no,+ na ɛbɛyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa. 8 Homeda biara ɔmfa mmɛsi Yehowa anim.+ Ɛyɛ apam a me ne Israelfoɔ ayɛ de kɔsi daa. 9 Ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea,+ na ma wɔnni no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ade kronkron paa a ɛfiri afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no mu. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa.”

10 Ná Israelni baa bi wɔ babarima wɔ Israelfoɔ mu a ne papa yɛ Egyptni.+ Berɛ bi, saa aberanteɛ no ne Israelni barima bi koo wɔ asoɛeɛ hɔ. 11 Aberanteɛ a ne maame yɛ Israelni yi firii aseɛ domee dinkɛseɛ no,*+ na ɔkaa ho abususɛm. Enti wɔde no brɛɛ Mose.+ Ná ne maame no din de Selomit, na na ɔyɛ Dibri a ɔfiri Dan abusuakuo mu no babaa. 12 Wɔde aberanteɛ no too dan mu twɛn gyinaeɛ a Yehowa bɛsi wɔ asɛm no ho.+

13 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 14 “Fa deɛ ɔdomee me din no bra asoɛeɛ no akyi. Afei wɔn a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no nyinaa mfa wɔn nsa ngu ne tiri so, na asafo no nyinaa nsi no aboɔ.+ 15 Na ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, wayɛ bɔne na ɔbɛnya ne bɔne so akatua. 16 Enti deɛ waka Yehowa din ho abususɛm no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ Ɛsɛ sɛ asafo no nyinaa si no aboɔ. Obiara a ɔbɛkasa atia dinkɛseɛ no, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo, kuromanni oo, wɔnku no.

17 “‘Sɛ obi kum onipa* a, ɔno nso ɛsɛ sɛ wɔku no.+ 18 Obiara a ɔbɛbɔ afieboa bi ama no awu no,* ɔnhyɛ anan; nkwa nsi nkwa ananmu.* 19 Sɛ obi pira ne yɔnko nipa a, deɛ ɔde yɛɛ no no, wɔnyɛ ɔno nso bi.+ 20 Deɛ abu nsi deɛ abu ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu. Sɛdeɛ ɔpiraa ne yɔnko no, wɔmpira no saa ara.+ 21 Deɛ ɔbɛkum aboa no, ɔnhyɛ anan,+ nanso deɛ ɔbɛkum onipa deɛ, wɔnku no bi.+

22 “‘Ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo, kuromanni oo, mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”

23 Afei Mose ne Israelfoɔ no kasaeɛ, na wɔde deɛ ɔdomee Onyankopɔn din no baa asoɛeɛ no akyi bɛsii no aboɔ.+ Enti Israelfoɔ yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.

25 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Sɛ moduru asaase a mede rema mo no so a,+ momma asaase no nhome mma Yehowa.+ 3 Momfa mfeɛ nsia nnua mo afuo mu aba na monyɛ mo bobefuo* ho adwuma, na mommoaboa asaase no so nnɔbaeɛ ano.+ 4 Nanso afe a ɛtɔ so nson no, monnya asaase no mma no nhome koraa; ɛyɛ ɔhome afe ma Yehowa. Ɛnsɛ sɛ modua aba biara anaa moyɛ mo bobefuo ho adwuma. 5 Sɛ hwiit* a aka wɔ asaase no so dada no fifi anaa sɛ asaase no so bobe a obiara anyɛ ho adwuma a, ɛnsɛ sɛ motwa. Afe mu no nyinaa monnya asaase no na ɛnhome. 6 Aduane a ɛno ara bɛfifi asaase no so berɛ a ɛrehome no deɛ, mobɛtumi adi, mo ne mo nkoa, mo mfenaa, mo apaafoɔ, ahɔhoɔ a wɔatu abɛtena mo nkyɛn ne wɔn a wɔabɛsoɛ mo mu, 7 ne mo afieboa ne wuram mmoa a wɔwɔ mo asaase no so. Mobɛtumi adi biribiara a ɛbɛfifi asaase no so.

8 “‘Monkan ɔhome afe nson, mfeɛ nson ahodoɔ nson, na ɔhome afe nson no dodoɔ bɛyɛ mfeɛ 49. 9 Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, momma wɔmmɔ abɛn dendeenden. Sɛ Mpata Da+ duru a, momma wɔmmɔ abɛn no mma wɔnte wɔ mo asaase so baabiara. 10 Monyɛ afe a ɛtɔ so 50 no afe kronkron, na mommɔ dawuro mma asaase no sofoɔ nyinaa nnya ahofadie.+ Ɛbɛyɛ Ahofadie Afe ama mo, na obiara nsan nkɔ n’agyapadeɛ so na obiara nsan nkɔ n’abusuafoɔ nkyɛn.+ 11 Afe a ɛtɔ so 50 no bɛyɛ Ahofadie Afe ama mo. Ɛnsɛ sɛ modua aba biara, na aba a ɛno ara bɛfifi asaase no so anaa bobe a obiara anyɛ ho adwuma a ɛbɛso no, ɛnsɛ sɛ motwa.+ 12 Ɛbɛyɛ Ahofadie Afe, na ɛbɛyɛ afe kronkron ama mo. Aba a ɛno ara bɛfifi wɔ asaase no so na mobɛtumi adi.+

13 “‘Sɛ Ahofadie Afe yi duru a, mo mu biara nsan nkɔ n’agyapadeɛ so.+ 14 Sɛ motɔn agyapadeɛ bi ma mo yɔnko nipa anaa motɔ biribi firi ne hɔ a, monhwɛ na obiara ansisi ne yɔnko.+ 15 Wobɛhwɛ mfeɛ dodoɔ a atwam firi Ahofadie Afe no so na woatɔ agyapadeɛ afiri wo yɔnko hɔ, na ɔno nso bɛhwɛ mfeɛ dodoɔ a wode bɛtwa so aba na watɔn ama wo.+ 16 Sɛ mfeɛ a aka ama Ahofadie Afe no aduru no dɔɔso a, ɛsɛ sɛ ɔma ne boɔ kɔ soro, na sɛ aka mfeɛ kakraa bi a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɔte boɔ no so, ɛfiri sɛ nnɔbaeɛ a wobɛnya wɔ so ho boɔ na ɔregye wo. 17 Obiara nnsisi ne yɔnko;+ monsuro mo Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.+ 18 Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so na mode m’atemmusɛm bɔ mo bra a, mobɛtena asaase no so dwoodwoo.+ 19 Asaase no bɛma ne nnɔbaeɛ,+ na mobɛdidi amee atena so dwoodwoo.+

20 “‘Nanso ebia mobɛka sɛ: “Sɛ yɛannua aba biara ammoaboa nnɔbaeɛ ano a, deɛn na yɛbɛdi no afe a ɛtɔ so nson no mu?”+ 21 Mɛma me nhyira aba mo so afe a ɛtɔ so nsia no mu, na asaase no bɛso mfeɛ mmiɛnsa nnɔbaeɛ.+ 22 Mobɛdua aba wɔ afe a ɛtɔ so nwɔtwe no mu, na aduane a ɛwɔ hɔ dada na mobɛdi akɔsi afe a ɛtɔ so nkron no. Ɛnkɔsi sɛ foforɔ no bɛso ama moatwa no, mobɛkɔ so adi dada no.

23 “‘Ɛnsɛ sɛ motɔn asaase no korakora,+ ɛfiri sɛ asaase no yɛ me dea.+ M’ani so deɛ, moyɛ ahɔhoɔ ne atubrafoɔ.+ 24 Asaase a mobɛtena so nyinaa, ɛsɛ sɛ moma asaase wura biara kwan ma no san tɔ n’asaase.

25 “‘Ohia nti sɛ ɛba sɛ wo nua bi tɔn n’agyapadeɛ bi a, ne busuani a ɔbɛn no nso mmɛtɔ deɛ ne nua no atɔn no.+ 26 Nanso sɛ ɔnni busuani biara a ɔbɛtumi asan atɔ, na akyire yi biribi ba ne nsam a ɔbɛtumi de atua ka a, 27 ɔnsese mfiri afe a ɔtɔneeɛ no na ɔmfa sika a aka biara mma deɛ ɔtɔɔ agyapadeɛ no, na ɔnsan mfa n’adeɛ.+

28 “‘Nanso sɛ ɔnni sika a ɔbɛsan de atɔ n’agyapadeɛ no a, ɛbɛkɔ so atena deɛ ɔtɔeɛ no hɔ akɔsi Ahofadie Afe no.+ Ahofadie Afe no duru a, n’agyapadeɛ no bɛsan abɛdi ne nsam.+

29 “‘Sɛ obi tɔn efie wɔ kuro a wɔato ho fasuo mu a, ɛfiri da a ɔtɔn wieeɛ kɔsi n’afe so no, ɔwɔ hokwan sɛ ɔsan tɔ n’adeɛ. Afe baako na ɔwɔ hokwan sɛ ɔbɛtumi abɛtua ka asan agye n’adeɛ.+ 30 Nanso sɛ wantumi antɔ na afe so a, efie a ɛwɔ kuro a wɔato ho fasuo mu yi bɛyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea korakora wɔ n’awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Sɛ Ahofadie Afe no duru mpo a, ɛremfiri ne nsam. 31 Nanso afie a ɛwowɔ nkuro a ɛnni afasuo mu no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔbu no sɛ mfusaase. Hokwan a efie no wura wɔ sɛ ɔsan tɔ n’adeɛ no rentwam, na sɛ Ahofadie Afe no duru a, ɛsɛ sɛ wɔsan de ma no.

32 “‘Lewifoɔ afie a ɛwowɔ wɔn nkuro mu no deɛ,+ sɛ wɔtɔn a, hokwan a wɔwɔ sɛ wɔsan tɔ wɔn adeɛ no rentwam da. 33 Sɛ ɛba sɛ Lewifoɔ no bi ansan antɔ ne fie a watɔn no wɔn nkuro no bi mu a, ɛnneɛ sɛ Ahofadie Afe no so a, ɛsɛ sɛ wɔsan de n’adeɛ ma no.+ Ɛfiri sɛ Lewifoɔ afie a ɛwowɔ wɔn nkuro mu no ne agyapadeɛ a wɔde ama wɔn wɔ Israel.+ 34 Afei nso, wɔn nkuro ho mfikyisaase a mmoa bɛdidi so+ no deɛ, wɔrentumi ntɔn, ɛfiri sɛ ɛyɛ agyapadeɛ a wɔde ama wɔn afebɔɔ.

35 “‘Sɛ ohia nti wo nua ho kyere no a, boa no+ sɛdeɛ wobɛboa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu ne deɛ watu abɛtena mo nkyɛn,+ na watumi atena nkwa mu wɔ wo nkyɛn. 36 Nnye no nsiho na nhwehwɛ ne ho mfaso bɔne.+ Suro wo Nyankopɔn+ na wo nua no atena nkwa mu wɔ wo nkyɛn. 37 Woma no sika a, nnye nsiho,+ na woma no aduane a, mfa mpɛ mfasoɔ. 38 Mene Yehowa mo Nyankopɔn, na me na meyii mo firii Egypt asaase so+ sɛ mede Kaanan asaase bɛma mo na ama moahu sɛ mene mo Nyankopɔn.+

39 “‘Sɛ ohia ka wo nua na ɔtɔn ne ho ma wo a,+ nhyɛ no mma no nnyɛ nkoadwuma.+ 40 Yɛ no sɛdeɛ wobɛyɛ ɔpaani+ anaa ɔhɔhoɔ a watu abɛtena wo nkyɛn. Ma no nsom wo nkɔsi sɛ Ahofadie Afe no bɛduru. 41 Afei ɔne ne mma* nyinaa mfiri wo nkyɛn nkɔ n’abusuafoɔ hɔ, na ɔnsan nkɔfa agyapadeɛ a n’agyanom gya maa no no.+ 42 Wɔyɛ me nkoa a meyii wɔn firii Egypt asaase so.+ Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho sɛdeɛ wɔtɔn nkoa. 43 Ntan n’ani;+ suro wo Nyankopɔn.+ 44 Sɛ wopɛ akoa anaa afenaa a, kɔ aman a atwa mo ho ahyia no mu. Wɔn nkyɛn na ɛsɛ sɛ motɔ akoa anaa afenaa biara. 45 Afei nso, mobɛtumi atɔ ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu no bi+ mma anaa abusuafoɔ a wɔanya wɔn wɔ mo asaase so no bi, na wɔabɛyɛ mo agyapadeɛ. 46 Wɔyɛ agyapadeɛ a mobɛtumi agya ama mo mma na wɔayɛ wɔn dea daa. Mobɛtumi ama wɔayɛ adwuma ama mo, na mo nuanom Israelfoɔ deɛ, monhwɛ na moantan wɔn ani.+

47 “‘Nanso ɛba sɛ biribi ba ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu anaa deɛ watu abɛtena mo nkyɛn no nsam na ohia nti wo nua tɔn ne ho ma ɔhɔhoɔ anaa deɛ watu abɛtena mo nkyɛn anaa ɔhɔhoɔ no busuani bi a, 48 ne tɔn akyi no, hokwan wɔ hɔ sɛ wɔsan gye no. Ne nuanom mu baako bɛtumi asan atɔ no.+ 49 Ne papa nua anaa ne papa nua ba anaa ne busuani biara a ɔbɛn no* bɛtumi asan atɔ no.

“‘Sɛ nso biribi ba ɔno ara ne nsam a, ɔbɛtumi atua ka atɔ ne ho.+ 50 Ɔne deɛ ɔtɔɔ no no nsese mfiri berɛ a ɔtɔɔ no no nkɔsi berɛ a Ahofadie Afe no bɛduru,+ na mfeɛ dodoɔ a ɛwom no na ɛbɛkyerɛ ne boɔ.+ Ɔnyɛ no sɛdeɛ ɔyɛ ɔpaani a ɔyɛ adwuma ma no.+ 51 Sɛ mfeɛ a aka no dɔɔso a, ɛnneɛ ɔnhwɛ deɛ aka no ho na ɔntua sika a wɔde tɔɔ no no bi mma deɛ ɔtɔɔ no no mfa nnye ne ho. 52 Sɛ nso aka mfeɛ kakraa bi na Ahofadie Afe no aduru a, ɛnneɛ ɔnsese deɛ aka no. Na ɔnhwɛ mfeɛ a aka no ho ntua sika mma deɛ ɔtɔɔ no no mfa nnye ne ho. 53 Ma ɔne no nyɛ adwuma afe afe te sɛ ɔpaani. Monhwɛ na ne wura no antan n’ani.+ 54 Nanso sɛ wantumi amfa saa kwan yi so antɔ ne ho a, Ahofadie Afe no duru a,+ ɔne ne mma* bɛde wɔn ho.

55 “‘Me nkoa ne Israelfoɔ no. Wɔyɛ me nkoa a meyii wɔn firii Egypt asaase so.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

26 “‘Monnyɛ anyamehunu,+ ahoni a wɔasene,+ anaa abosom adum biara. Na mommfa ɛboɔ nnsene ohoni+ biara nnsi mo asaase so nnsom no,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn. 2 Monhwɛ nni me home nna, na monni me tenabea kronkron no ni.* Mene Yehowa.

3 “‘Sɛ mokɔ so di m’ahyɛdeɛ ne me mmara so na moyɛ ne nyinaa a,+ 4 me nso mɛma nsuo atɔ wɔ ne berɛ mu,+ na asaase no bɛma ne nnɔbaeɛ,+ na wuram nnua aso aba pii. 5 Mobɛporo mo hwiit ara kɔsi berɛ a mobɛtete bobe aba, na mobɛtete bobe aba ara kɔsi berɛ a mobɛdua adeɛ bio; mobɛdidi amee na moatena mo asaase so dwoodwoo.+ 6 Mɛma asomdwoeɛ aba asaase no so,+ na mobɛda a obiara renhunahuna mo.+ Mɛhwɛ sɛ aboa bɔne biara remma asaase no so, na obiara rentwe sekan wɔ mo so. 7 Mobɛtĩ mo atamfo na mode sekan akunkum wɔn. 8 Mo mu nnum bɛtĩ nnipa 100, na mo mu 100 atĩ 10,000, na mode sekan bɛkunkum mo atamfo.+

9 “‘Mɛhyira mo,* na mɛma moawo ama mo ase atrɛ,+ na mɛdi apam a me ne mo ayɛ no so.+ 10 Berɛ a mogu so redi afe a atwam no nnɔbaeɛ no, na nnɔbaeɛ foforɔ aba a ɛsɛ sɛ moyi dada no firi hɔ de hyɛ anan. 11 Na mede me som ntomadan bɛsi mo mu,+ na merempo* mo. 12 Me ne mo bɛnante na mayɛ mo Nyankopɔn,+ na mo nso moayɛ me man.+ 13 Mene Yehowa mo Nyankopɔn a meyii mo firii Egypt nkoasom mu no. Me na mebubuu mo kɔndua mu ma motumi nyaa ahofadie.*

14 “‘Nanso sɛ moantie me anyɛ deɛ mahyɛ mo yi nyinaa,+ 15 na mopo m’ahyɛdeɛ,+ na sɛ m’atemmusɛm nso mobu* no animtia, na moanni me mmara nyinaa so na mobu m’apam so a,+ 16 ɛnneɛ me nso mɛyɛ deɛ ɛdi so yi: Deɛ mede bɛtwe mo aso ne ahoyera, nsamanwa, ne atiridii, na mo ani asɛe na moahodwo.* Mobɛdua aba nanso ɛbɛyɛ adwumahunu, ɛfiri sɛ mo atamfo na wɔbɛdi.+ 17 Mɛma m’ani asa mo, na mobɛdi nkoguo wɔ mo atamfo anim.+ Wɔn a wɔkyiri mo bɛtiatia mo so,+ na mobɛdwane berɛ a obiara ntaa mo so.+

18 “‘Na sɛ weinom nyinaa akyi moantie m’asɛm a, ɛnneɛ mo bɔne no nti, mɛma mo asotwe no abu abɔ ho mprɛ nson. 19 Mɛtutu mo ahomasoɔ no ase, na mɛma ɔsoro ayɛ sɛ dadeɛ ama mo+ na mo asaase ayɛ sɛ kɔbere. 20 Mobɛsɛe mo ahoɔden kwa, ɛfiri sɛ mo mfuo remma ne nnɔbaeɛ+ na asaase no so nnua renso aba.

21 “‘Na sɛ mokɔ so ko tia me na moantie me a, mo bɔne no nti, mɛma ɔhaw a mede bɛba mo so no abu abɔ ho mprɛ nson. 22 Mɛma wuram mmoa bɔne aba mo so+ na wɔakunkum mo mma+ ne mo afieboa, na mo dodoɔ so bɛte, na mo mmɔnten so bɛda mpan.+

23 “‘Nanso sɛ weinom nyinaa akyi moannye me ntenesoɔ antom,+ na mokɔ so ko tia me a, 24 ɛnneɛ me nso me ne mo bɛko, na mo bɔne nti mɛtwe mo aso mprɛ nson. 25 Sɛ mobu m’apam so a, mede sekan bɛba mo so abɛtua mo ka.+ Na sɛ modwane kɔ mo nkuro mu a, mɛma yareɛ ate asi mo mu,+ na wɔde mo ahyɛ ɔtamfo nsa.+ 26 Sɛ mema paanoo* ho yɛ den ma mo* a,+ deɛ ɛbɛba ne sɛ mmaa du bɛtõ paanoo wɔ fononoo baako pɛ mu, na wɔbɛkari paanoo ama mo;+ mobɛdidi nso moremmee.+

27 “‘Na wei akyi nso moantie me na mokɔ so ko tia me a, 28 ɛnneɛ mɛma m’abufuo no ayɛ kɛseɛ wɔ mo so,+ na mo bɔne nti, mɛtwe mo aso mprɛ nson. 29 Mobɛwe mo mma mmarima ne mo mma mmaa nam.+ 30 Mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea*+ ne nneɛma a wɔde hye aduhwam, na mede mo afunu agu mo abosom fĩ* no afunu so.+ Mo ho bɛyɛ me* abofono ama matwe me ho afiri mo ho.+ 31 Mede mo nkuro bɛma sekan+ na masɛe mo kronkronbea, na m’ani rennye mo afɔreɛ hwamhwam* ho bio. 32 Me ara mɛma asaase no ada mpan,+ na mo atamfo a wɔbɛba abɛtena so no ho bɛdwiri wɔn.+ 33 Na mɛbɔ mo ahwete amanaman mu+ na matwe sekan adi mo akyi.+ Mo asaase bɛsɛe+ na mo nkuro adane amamfo.

34 “‘Sɛ mokɔ mo atamfo man so na mo asaase da mpan a, asaase no bɛhome de ate home nna a ɛkaa mu no nyinaa. Saa berɛ no, asaase no bɛhome* de atua home nna a ɛkaa mu no nyinaa ho ka.+ 35 Nna a ɛbɛda mpan nyinaa ɛbɛhome, ɛfiri sɛ berɛ a mote so no, sɛ ɛduru mo home nna a ɛsɛ sɛ asaase no home a, ɛnhome.

36 “‘Na wɔn a wɔbɛka no,+ mɛma wɔn akoma atu wɔ wɔn atamfo nsaase so, na ahaban mpo yɛ kyekyerɛ a, wɔbɛdwane te sɛ deɛ sekan di wɔn akyi, na wɔbɛhwehwe ase berɛ a obiara ntaa wɔn so.+ 37 Berɛ a obiara ntaa wɔn so mpo no, wɔbɛbubu afa so atiatia wɔn ho te sɛ deɛ wɔredwane afiri sekan ano. Morentumi nnyina mo atamfo anim.+ 38 Mobɛwuwu wɔ amanaman no mu,+ na mo atamfo asaase bɛmene mo. 39 Mo bɔne nti, wɔn a wɔbɛka no bɛsɛe wɔ mo atamfo asaase so.+ Wɔn agyanom bɔne nti, wɔbɛsɛe.+ 40 Afei wɔbɛka wɔn ankasa bɔne+ ne wɔn agyanom bɔne ne wɔn asoɔden, na wɔbɛgye atom sɛ wɔyɛɛ asoɔden ne me koeɛ.+ 41 Enti me nso me ne wɔn bɛko+ na mede wɔn akɔ wɔn atamfo asaase so.+

“‘Ebia saa berɛ yi deɛ, wɔbɛma wɔn akoma a wɔntwaa no twetia* no abrɛ ase+ na wɔanya wɔn bɔne so akatua. 42 Na mɛkae apam a me ne Yakob yɛeɛ,+ ne apam a me ne Isak yɛeɛ,+ ne apam a me ne Abraham yɛeɛ no,+ na mɛkae asaase no. 43 Sɛ asaase no dane amamfo na wɔnte so bio a, asaase no bɛhome de ate home nna a ɛkaa mu no nyinaa,+ na wɔbɛnya wɔn bɔne so akatua, ɛfiri sɛ wɔapo m’atemmusɛm, na m’ahyɛdeɛ nso wɔabu* no animtia.+ 44 Nanso wei nyinaa akyi no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfo asaase so mpo a, merempo wɔn korakora na merento wɔn ntwene koraa+ mma wɔn ase nhye. Merenyɛ saa na mammu apam a me ne wɔn ayɛ no so,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. 45 Wɔn nti mɛkae apam a me ne wɔn nananom yɛeɛ no;+ meyii wɔn nananom firii Egypt asaase so wɔ amanaman no anim+ de kyerɛɛ sɛ meyɛ wɔn Nyankopɔn. Mene Yehowa.’”

46 Weinom ne ahyɛdeɛ, atemmusɛm, ne mmara a Yehowa nam Mose so de maa Israelfoɔ wɔ Sinai Bepɔ so.+

27 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Sɛ obi hyɛ bɔ titire bi+ sɛ ɔbɛtua obi* ti adeɛ ama Yehowa sɛdeɛ ɛboɔ a wɔatwa ato hɔ no te a, 3 ɔbarima a wadi mfeɛ 20 kɔsi 60 boɔ bɛyɛ nnwetɛbena* 50, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* 4 Na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, ɛboɔ no bɛyɛ nnwetɛbena 30. 5 Sɛ ɔyɛ ɔbarima a wadi mfeɛ 5 kɔsi 20 a, ɛboɔ no bɛyɛ nnwetɛbena 20, na ɔyɛ ɔbaa nso a, nnwetɛbena 10. 6 Sɛ ɔyɛ ɔbarima a wadi bosome baako kɔsi mfeɛ nnum a, ɛboɔ no bɛyɛ nnwetɛbena nnum, na ɔyɛ ɔbaa nso a, nnwetɛbena mmiɛnsa.

7 “‘Sɛ wadi mfeɛ 60 ne akyire na ɔyɛ ɔbarima a, ɛboɔ no bɛyɛ nnwetɛbena 15, na ɔbaa nso nnwetɛbena 10. 8 Nanso sɛ ahia deɛ wahyɛ bɔ no na ne nsa nso boɔ a wɔatwa ato hɔ no so a,+ ɔmfa onipa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ no anim na ɔsɔfoɔ no nkyerɛ ne boɔ. Ɛboɔ a deɛ wahyɛ bɔ no bɛnya na ɔsɔfoɔ no bɛtwa ama no.+

9 “‘Sɛ ɔde aboa a wɔtumi de bɔ afɔreɛ ma Yehowa na ahyɛ bɔ a, deɛ ɔde bɛma Yehowa biara bɛyɛ ade kronkron. 10 Ɔrentumi nsesa mfa deɛ ɛyɛ nsi deɛ ɛnyɛ anan, na ɔrentumi mfa deɛ ɛnyɛ nsi deɛ ɛyɛ anan. Na sɛ ɛba sɛ ɔde aboa foforɔ sesa deɛ ɔde ahyɛ bɔ no a, ɛnneɛ mmoa mmienu no nyinaa bɛyɛ ade kronkron. 11 Nanso sɛ ɛyɛ aboa a ne ho nte+ a wɔntumi mfa mmɔ afɔreɛ mma Yehowa a, ɛnneɛ ma no mfa aboa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ no anim. 12 Afei ɔsɔfoɔ no nhwɛ sɛdeɛ aboa no te, sɛ ɛyɛ oo, sɛ ɛnyɛ oo, na ɔnkyerɛ ne boɔ. Deɛ ɔsɔfoɔ no bɛka na ɛbɛyɛ ne boɔ. 13 Ɛba sɛ deɛ ɔhyɛɛ bɔ no pɛ sɛ ɔsan tɔ n’adeɛ bio a, wɔbɛkyɛ ne boɔ no mu nnum ama no atua emu baako aka ne boɔ no ankasa ho.+

14 “‘Sɛ obi hyira ne fie so ma Yehowa sɛ ade kronkron a, ɔsɔfoɔ no nhwɛ sɛdeɛ efie no te, sɛ ɛyɛ oo, sɛ ɛnyɛ oo, na ɔnkyerɛ ne boɔ. Deɛ ɔsɔfoɔ no bɛka na ɛbɛyɛ ne boɔ.+ 15 Nanso sɛ deɛ wahyira ne fie so no pɛ sɛ ɔsan tɔ bio a, wɔbɛkyɛ ne boɔ no mu nnum ama no atua emu baako aka ne boɔ no ankasa ho. Afei ɛbɛsan abɛdi ne nsam.

16 “‘Sɛ obi twa n’asaase fã bi hyira so ma Yehowa a, aba dodoɔ a wɔbɛtumi adua wɔ so na ɛbɛkyerɛ ne boɔ: Sɛ ɛyɛ baali* a, homar susudeɛ* baako biara bɛyɛ nnwetɛbena 50. 17 Sɛ Ahofadie Afe+ no mu ara na ɔhyiraa n’asaase no so a, ɛboɔ a wɔatwa ato so no ara na ɔbɛtua. 18 Sɛ Ahofadie Afe no akyi na ɔhyiraa n’asaase no so a, ɔsɔfoɔ no nhwɛ mfeɛ a aka ansa na Ahofadie Afe asan aduru na ɔmfa nsese ne boɔ. Ɔbɛhwɛ mfeɛ a aka no na wate ne boɔ so.+ 19 Na sɛ deɛ ɔhyiraa asaase no so no pɛ sɛ ɔsan tɔ a, ɛnneɛ wɔnkyɛ ne boɔ no mu nnum na ɔntua mu baako nka ne boɔ no ankasa ho. Afei ɛbɛsan abɛdi ne nsam. 20 Nanso sɛ wansan antɔ asaase no na wɔtɔn ma obi foforɔ a, ɔrentumi nsan ntɔ bio. 21 Ɛduru Ahofadie Afe no a, asaase no bɛyɛ ade kronkron a wɔahyira so ama Yehowa. Ɛbɛyɛ asɔfoɔ no agyapadeɛ.+

22 “‘Sɛ obi hyira asaase bi so ma Yehowa na ɛnyɛ ɔno ara agyapadeɛ, na mmom ɔtɔeɛ a,+ 23 ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no nsese mfiri saa berɛ no nkɔsi Ahofadie Afe no so na ɔnkyerɛ ne boɔ mma no ntua no saa da no ara.+ Ɛyɛ ade kronkron ma Yehowa. 24 Ahofadie Afe no duru a, asaase no bɛsan akɔdi deɛ ɔtɔ firii ne hɔ no nsam; ɛbɛkɔ deɛ ɛyɛ n’agyapadeɛ no hɔ.+

25 “‘Ɛsɛ sɛ wɔsese biribiara boɔ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Dwetɛbena biara yɛ gerah* 20.

26 “‘Aboa biara abakan deɛ, ɛnsɛ sɛ obiara hyira so, ɛfiri sɛ wɔwoo no sɛ abakan maa Yehowa.+ Enti nantwie oo, odwan oo, ɛyɛ Yehowa dea dada.+ 27 Na aboa a ne ho nte abakan deɛ, sɛ ne wura no pɛ sɛ ɔsan tɔ a, ɔntua ɛboɔ a wɔatwa ato hɔ no, na ɔmfa ɛboɔ no nkyɛmu nnum mu baako nka ho.+ Na sɛ wantɔ a, ɛnneɛ wɔntɔn no sɛdeɛ ne boɔ te.

28 “‘Nanso sɛ obi yi n’agyapadeɛ bi si hɔ sɛ ɔde ama* Yehowa korakora a, ɛyɛ onipa oo, aboa oo, n’asaase oo, obiara rentumi ntɔn, na ɔrentumi nnye bio nso. Biribiara a wɔayi asi hɔ no yɛ ade kronkron paa ma Yehowa.+ 29 Afei nso, sɛ wɔyi obi si nkyɛn* sɛ wɔnku no a, obiara rentumi ntua ne ti adeɛ nnye no.+ Ɛsɛ sɛ wɔku no ɛkwan biara so.+

30 “‘Asaase so nnɔbaeɛ ne dua so aba nyinaa mu ntotosoɔ du du*+ yɛ Yehowa dea. Ɛyɛ nneɛma kronkron ma Yehowa. 31 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsan tɔ nkyɛmu du mu baako no a, ɛnneɛ ɔntua ne boɔ no na ɔmfa ɛboɔ no nkyɛmu nnum mu baako nsan nka ho. 32 Nantwie oo, odwan oo, biribiara a ɛfa odwanhwɛfoɔ poma ase no, deɛ ɛtɔ so du biara bɛyɛ ade kronkron ama Yehowa. 33 Ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ, na ɛnsɛ sɛ ɔde aboa foforɔ sesa. Ɛba sɛ ɔde aboa foforɔ sesa a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ ɔde sesae no nyinaa bɛyɛ nneɛma kronkron.+ Ɔrentumi nsan ntɔ bio.’”

34 Weinom ne ahyɛdeɛ a Yehowa de maa Mose sɛ ɔmfa mma Israelfoɔ wɔ Sinai Bepɔ so.+

Nt., “Israel mma.”

Anaa “asaabo no ho sradeɛ.”

Anaa “ne nnyawa.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “asaabo no ho sradeɛ.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “sradeɛ nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa sradeɛ a adi afra.

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “ɔkra bi.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “na ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Anaa “na ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “na ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Nt., “paanoo,” kyerɛ sɛ, asomdwoeɛ afɔreɛ no fã a ɛyɛ Onyankopɔn dea.

Nt., “paanoo,” kyerɛ sɛ, asomdwoeɛ afɔreɛ no fã a ɛyɛ Onyankopɔn dea.

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “sradeɛ nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa sradeɛ a adi afra.

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “ɔkra bi.”

Nt., “ntanka nne.” Ɛbɛtumi aba sɛ na ɛyɛ amanneɛbɔ bi a wɔde to dwa berɛ a obi ayɛ bɔne no, na wɔka ka ho sɛ nnome nka ɔbɔnefoɔ no anaa obi a ɔnim asɛm no ho biribi nso ɔmmɛka.

Anaa “ɔkra bi.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ mmoa nketenkete a wɔbom sɛ kuo.

Anaa “ɔkra bi.”

Ɛbɛtumi aba sɛ adwene a ɛwɔ akyire ne sɛ wanni ntam a ɔkaeɛ no so.

Efa nkyɛmu du mu baako yɛ lita 2.2 (ɛnnuru olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “na ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “obi anni nokorɛ na ɔyɛ.”

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena kronkron ano no.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “twakoto.”

Anaa “sradeɛ nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa sradeɛ a adi afra.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “na ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Anaa “ɛbɛka afɔrebɔdeɛ.”

Efa nkyɛmu du mu baako yɛ lita 2.2 (ɛnnuru olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “deɛ ɔrebɛbɔ afɔreɛ no.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Anaa “ɔkra biara.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “wɔntwa saa ɔkra no mfiri ne nkurɔfoɔ mu ntwene.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “wɔntwa saa ɔkra no mfiri ne nkurɔfoɔ mu ntwene.”

Anaa “wɔntwa saa ɔkra no mfiri ne nkurɔfoɔ mu ntwene.”

Anaa “Ɔkra biara.”

Anaa “wɔntwa saa ɔkra no mfiri ne nkurɔfoɔ mu ntwene.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bɛlt.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ahemmotire kronkron.”

Anaa “kyekyeree.”

Nt., “de dwiraa afɔrebukyia no ho firii bɔne ho.”

Anaa “asaabo no ho sradeɛ.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Nt., “asɔfohyɛ dwan.”

Nt., “asɔfohyɛ kɛntɛn.”

Nt., “bɛhyɛ mo nsa ma.”

Anaa “awoɔ ntoatoasoɔ.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ mmoa nketenkete a wɔbom sɛ kuo.

Anaa “akra.”

Anaa “Ntuboa.”

Mmoa no bi ne gyata, sisire, ne pataku.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mo kra.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “akra.”

Anaa “akra.”

Anaa “fa afuro.”

Anaa “wɔntwa abɔfra no dua.”

Nt., “ne honam wedeɛ.”

Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “kwata” no kyerɛ nneɛma pii; ɛbɛtumi akyerɛ honam ani nyarewa ahodoɔ a ɛtumi san. Ɛbɛtumi nso ayɛ nneɛma a ɛtotɔ ntaadeɛ mu anaa adan ho.

Anaa “deɛ atɔ ne ho.”

Anaa “ne mprenu so.”

Anaa “ne yareɛ no nyɛ nsanyareɛ.”

Nt., “honam wedeɛ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Efa nkyɛmu du mu mmiɛnsa yɛ lita 6.6 (ɛrekɔ olonka mmiɛnsa). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “lɔg susudeɛ.” Lɔg baako yɛ lita 0.31. Hwɛ Nkh. B14.

Efa nkyɛmu du mu baako yɛ lita 2.2 (ɛnnuru olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “wadwira efie no ho afiri bɔne ho.”

Nt., “nnwira efie no ho mfiri bɔne ho.”

Nt., “ɔbarima honam mu.”

Anaa “ne dua.”

Anaa “twakoto.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛkyerɛ “Apɔnkye a Wɔnhu N’akyiri Kwan Bio.”

Anaa “ɔbarima a wayɛ krado no.”

Nt., “Ɔmfa nsuo nnware ne honam.”

Anaa “momma mo kra nni awerɛhoɔ.” “Awerɛhoɔ” a wɔreka ho asɛm wɔ ha no, nkurɔfoɔ te aseɛ sɛ, obi de nneɛma bi bɛkame ne ho, na wakyene ne ho kɔm mpo.

Anaa “mo kra di.”

Nt., “wɔbɛhyɛ ne nsa ma.”

Anaa “wɔbɛtwa no afiri ne man mu.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Nt., “wɔbɔ afɔreɛ ma mpɔnkye no.”

Anaa “wɔbɛtwa no afiri ne man mu.”

Anaa “ɔkra a.”

Anaa “mɛtwa no afiri ne man mu.”

Anaa “kra.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “mo mu ɔkra biara.”

Anaa “kra.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “kra.”

Anaa “wɔbɛtwa no afiri ne man mu.”

Anaa “Ɔkra biara.”

Nt., “annware ne honam.”

Nt., “kɔyi ne busuani adagya so.”

Nt., “Ɛyɛ wo papa adagya.”

Nt., “Nyi wo papa nuabarima no adagya so.”

Nt., “ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nua adagya.”

Anaa “aniwudeɛ; atantanneɛ.”

Anaa “wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu.”

Nt., “osuro.”

Anaa “Wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “mmɔborɔwafoɔ.”

Anaa “Mfrɛ mmusuo mma obi a n’aso asi so.”

Nt., “mogya.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Sɛ wohu sɛ wo yɔnko nkwa da asiane mu a, nyi w’ani nto nkyɛn.”

Anaa “te sɛ obi a wɔntwaa ne dua.”

Nt., “wɔntwaa no twetia.”

Anaa “Monntwitwa.”

Anaa “ɔkra.” Hebri asɛmfua ne′phesh a ɛwɔ ha no kyerɛ obi a wawu.

Anaa “tatuu.”

Nt., “monsuro me tenabea kronkron.”

Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.

Nt., “efa ne hin susudeɛ.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “matwa no afiri ne man mu.”

Anaa “mɛtwa wɔn afiri wɔn man mu.”

Anaa “Ɔkra biara.”

Nt., “ne wɔn akɔbɔ adwaman.”

Anaa “mɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu.”

Anaa “ɔbɛfrɛ mmusuo aba ne papa anaa ne maame so.”

Nt., “ayi ne papa adagya so.”

Anaa “aniwudeɛ; atantanneɛ.”

Anaa “ɛsɛ sɛ wɔtwa wɔn firi hɔ.”

Nt., “Wayi ne nuabea adagya so.”

Anaa “ɛsɛ sɛ wɔtwa wɔn firi wɔn man mu.”

Nt., “wayi ne papa nuabarima adagya so.”

Nt., “Wayi ne nua adagya so.”

Anaa “mo kra ho.”

Anaa “ɔwɔ honhom a ɔde ka daakye nsɛm.”

Nt., “ɔkra a wawu.”

Anaa “aduane,” kyerɛ sɛ, afɔrebɔdeɛ no.

Nt., “wɔbɛhyɛ ne nsa ma.”

Anaa “ɔkra a wawu.” Hebri asɛmfua ne′phesh a ɛwɔ ha no ne Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “owu” no na ɛnam.

Nt., “n’aba.”

Nt., “W’aba.”

Nt., “anaa obi a ne hwene atwa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “obi a yareɛ ama wafɔn ayɛ ketekete.”

Nt., “aba.”

Nt., “wɔntwe wɔn ho mfiri ho.”

Anaa “wɔntwa ɔkra a ɔte saa no mfiri m’anim.”

Anaa “aka ɔkra a wawu.”

Anaa “Ɔkra.”

Nt., “Abɔntensoni,” kyerɛ sɛ, obi a ɔmfiri Aaron abusua mu.

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “kɔware abɔntensoni.”

Nt., “abɔntensoni,” kyerɛ sɛ, obi a ɔmfiri Aaron abusua mu.

Nt., “paanoo.”

Nt., “anwummerɛ mmienu no ntam.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Efa nkyɛmu du mu mmienu yɛ lita 4.4 (bɛyɛ olonka baako ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Efa nkyɛmu du mu mmienu yɛ lita 4.4 (bɛyɛ olonka baako ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “mmɔborɔwafoɔ.”

Anaa “momma mo kra nni awerɛhoɔ.” “Awerɛhoɔ” a wɔreka ho asɛm wɔ ha no, nkurɔfo te aseɛ sɛ, obi de nneɛma bi bɛkame ne ho, na wakyene ne ho kɔm mpo.

Anaa “Ɔkra biara.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wanyɛ akɔnkyene.”

Anaa “wɔbɛtwa no afiri ne man mu.”

Anaa “ɔkra biara.”

Anaa “momma mo kra nni.”

Anaa “Asese.”

Efa nkyɛmu du mu mmienu yɛ lita 4.4 (bɛyɛ olonka baako ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɛbɛyɛ nkaeɛ adeɛ.”

Kyerɛ sɛ, edin Yehowa no, sɛdeɛ nky. 15 ne 16 kyerɛ no.

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “Obiara a ɔbɛbɔ aboa bi kra ama no awu no.”

Anaa “ɔkra nsi ɔkra ananmu.”

Anaa “bobeturo.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Nt., “ne mma mmarima.”

Anaa “obiara a ɔne no yɛ mogya korɔ.”

Nt., “ne mma mmarima.”

Nt., “monsuro me tenabea kronkron.”

Nt., “Mɛhwɛ mo.”

Anaa “me kra rempo.”

Nt., “motumi maa mo tiri so nanteeɛ.”

Anaa “mo kra bu.”

Anaa “mo kra ahodwo.”

Anaa “aduane.”

Nt., “mesɛe mo nnua.” Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ nnua a na wɔde paanoo sensɛn so de sie.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Anaa “me kra.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “asaase no bɛdi homeda.”

Anaa “akomaden.”

Anaa “wɔn kra abu.”

Anaa “ɔbɛtua ɔkra bi.”

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena kronkron ano no.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Homar baako yɛ lita 220 (bɛyɛ olonka 73). Hwɛ Nkh. B14.

Gerah baako yɛ gram 0.57. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wɔnsɛe no mma.”

Anaa “wɔtu obi si hɔ.”

Anaa “taet.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane