NUMERI
1 Berɛ a Israelfoɔ firii Egypt no akyi afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan no,+ Yehowa ne Mose kasaa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu+ wɔ Sinai serɛ so.+ Ɔkaa sɛ: 2 “Monkan Israelfoɔ*+ nyinaa mmaako mmaako. Monkan nnipa dodoɔ a ɛwɔ abusuakuo biara mu, ne nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafie biara mu; na montwerɛ mmarima a ɛwɔ mu no din nhunu wɔn dodoɔ. 3 Wo ne Aaron ntwerɛ wɔn a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ+ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ wɔ Israel no nyinaa din. Monkan dodoɔ a ɛwɔ asraafoɔkuo biara mu.
4 “Momfa ɔbarima baako mfiri abusuakuo biara mu nka mo ho. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ n’agyanom abusuafie so panin.+ 5 Mmarima a wɔbɛka mo ho no din nie: Deɛ ɔbɛfiri Ruben abusuakuo mu aba ne Sedeo ba Elisur.+ 6 Simeon abusuakuo mu: Surisadai ba Selumiel.+ 7 Yuda abusuakuo mu: Aminadab ba Naason.+ 8 Isakar abusuakuo mu: Suar ba Netanel.+ 9 Sebulon abusuakuo mu: Helon ba Eliab.+ 10 Yosef mma nso deɛ nie, Efraim+ abusuakuo mu: Amihud ba Elisama. Manase abusuakuo mu: Pedasur ba Gamaliel. 11 Benyamin abusuakuo mu: Gideoni ba Abidan.+ 12 Dan abusuakuo mu: Amisadai ba Ahiesa.+ 13 Aser abusuakuo mu: Okran ba Pagiel.+ 14 Gad abusuakuo mu: Deuel ba Eliasaf.+ 15 Naftali abusuakuo mu: Enan ba Ahira.+ 16 Weinom na wɔyii wɔn wɔ asafo no mu. Wɔn na wɔyɛ wɔn agyanom mmusuakuo mu mpanimfoɔ+ a wɔdeda Israel apem apem ano.”+
17 Enti Mose ne Aaron frɛɛ mmarima a wɔabobɔ wɔn din yi nyinaa. 18 Na bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan no, wɔmaa Israel asafo no nyinaa hyiaa sɛ wɔrebɛtwerɛ nnipa dodoɔ a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ+ no nyinaa din mmaako mmaako, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu wɔn mu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu, 19 sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. Enti ɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Sinai serɛ so.+
20 Wɔtwerɛɛ Rubenfoɔ, Israel ba panin+ asefoɔ no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa mmaako mmaako, 21 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Ruben abusuakuo mu yɛ 46,500.
22 Wɔtwerɛɛ Simeon+ asefoɔ no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa mmaako mmaako, 23 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Simeon abusuakuo mu yɛ 59,300.
24 Wɔtwerɛɛ Gad+ asefoɔ no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa, 25 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Gad abusuakuo mu yɛ 45,650.
26 Wɔtwerɛɛ Yuda+ asefoɔ no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa, 27 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Yuda abusuakuo mu yɛ 74,600.
28 Wɔtwerɛɛ Isakar+ asefoɔ no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa, 29 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Isakar abusuakuo mu yɛ 54,400.
30 Wɔtwerɛɛ Sebulon+ asefoɔ no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa, 31 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Sebulon abusuakuo mu yɛ 57,400.
32 Wɔtwerɛɛ Yosef asefoɔ a wɔfiri Efraim+ mu no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa, 33 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Efraim abusuakuo mu yɛ 40,500.
34 Wɔtwerɛɛ Manase+ asefoɔ no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa, 35 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Manase abusuakuo mu yɛ 32,200.
36 Wɔtwerɛɛ Benyamin+ asefoɔ no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa, 37 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Benyamin abusuakuo mu yɛ 35,400.
38 Wɔtwerɛɛ Dan+ asefoɔ no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa, 39 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Dan abusuakuo mu yɛ 62,700.
40 Wɔtwerɛɛ Aser+ asefoɔ no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa, 41 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Aser abusuakuo mu yɛ 41,500.
42 Wɔtwerɛɛ Naftali+ asefoɔ no din hunuu dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu ne wɔn agyanom abusuafie biara mu. Mmarima a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ no, wɔkan wɔn nyinaa, 43 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Naftali abusuakuo mu yɛ 53,400.
44 Mose ne Aaron ne Israel abusua mu mpanimfoɔ 12 a wɔn mu biara bɛsii n’agyanom abusuafie anan no, wɔn na wɔtwerɛɛ weinom din. 45 Enti wɔtwerɛɛ Israelfoɔ a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ wɔ Israel no nyinaa din, na wɔhunuu dodoɔ a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafie biara mu, 46 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa yɛ 603,550.+
47 Nanso Lewifoɔ+ no deɛ, wɔantwerɛ wɔn din anka agyanom abusuafie a aka no ho.+ 48 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 49 “Lewi abusuakuo no deɛ, ntwerɛ wɔn din, na nkan wɔn nka Israelfoɔ a aka no ho.+ 50 Fa ɔsom ntomadan a Adanseɛ Abopono*+ no wom no, ne emu nneɛma nyinaa, ne ɛho nneɛma nyinaa hyɛ Lewifoɔ no nsa.+ Wɔn na wɔbɛsoa ɔsom ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa,+ na wɔasom wɔ hɔ.+ Wɔnkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ ɔsom ntomadan no ho nhyia.+ 51 Berɛ biara a mobɛtutu ɔsom ntomadan no akɔ baabi foforɔ no, Lewifoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔtutu.+ Na sɛ moresan asi ɔsom ntomadan no a, Lewifoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔsi. Obiara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* no, sɛ ɔbɛn hɔ a, monku no.+
52 “Ɛsɛ sɛ Israelni biara si ne ntomadan wɔ asoɛeɛ a wɔde ama no no; obiara nsi wɔ baabi a wɔakyerɛ sɛ mmusuakuo mmiɛnsa asafo+ a ɔwom no asraafoɔkuo ntena* no. 53 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔnkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ ɔsom ntomadan a Adanseɛ Abopono no wom ho nhyia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a abufuo biara remma Israelfoɔ asafo no so.+ Lewifoɔ no na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔhwɛ Adanseɛ ntomadan no so.”*+
54 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa. Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Israelfoɔ no nkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ baabi a wɔde ama mmusuakuo mmiɛnsa asafo+ a wɔwom no. Obiara ntena baabi a ɛbɛn n’agyanom abusuafie frankaa.* Wɔmma wɔn asoɛeɛ no anim nkyerɛ ahyiaeɛ ntomadan no, na ɛntwa ho nhyia.
3 “Wɔn a wɔbɛsi wɔn ntomadan wɔ apueeɛ fam, baabi a awia pue firi no ne mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Yuda abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no. Yuda abusuapanin ne Aminadab ba Naason.+ 4 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 74,600.+ 5 Wɔn a wɔbɛkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ ne nkyɛn ne Isakar abusuakuo no. Isakar abusuapanin ne Suar ba Netanel.+ 6 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 54,400.+ 7 Wɔn a wɔka ho ne Sebulon abusuakuo no. Sebulon abusuapanin ne Helon ba Eliab.+ 8 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 57,400.+
9 “Enti asraafoɔ a wɔwɔ Yuda asoɛeɛ hɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa dodoɔ yɛ 186,400. Sɛ wɔretu* afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, wɔn na wɔbɛdi kan atu.+
10 “Mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Ruben+ abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no na wɔbɛsi wɔn ntomadan wɔ anaafoɔ fam. Ruben abusuapanin ne Sedeo ba Elisur.+ 11 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 46,500.+ 12 Wɔn a wɔbɛkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ ne nkyɛn ne Simeon abusuakuo no. Simeon abusuapanin ne Surisadai ba Selumiel.+ 13 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 59,300.+ 14 Wɔn a wɔka ho ne Gad abusuakuo no. Gad abusuapanin ne Reuel ba Eliasaf.+ 15 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 45,650.+
16 “Enti asraafoɔ a wɔwɔ Ruben asoɛeɛ hɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa dodoɔ yɛ 151,450. Sɛ wɔretu* afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, wɔn na wɔtɔ so mmienu a wɔbɛtu.+
17 “Sɛ wɔde ahyiaeɛ ntomadan no rekɔ a,+ ɛsɛ sɛ Lewifoɔ* no di mmusuakuo a aka no* mfimfini.
“Sɛdeɛ wɔahyehyɛ wɔn ho wɔ asoɛeɛ hɔ no, sɛ wɔrekɔ a, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ wɔn ho.+ Obiara nni n’afa sɛdeɛ wɔahyehyɛ mmusuakuo mmiɛnsa asafo a ɔwom no.
18 “Mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Efraim abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no na wɔbɛsi wɔn ntomadan wɔ atɔeɛ fam. Efraim abusuapanin ne Amihud ba Elisama.+ 19 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 40,500.+ 20 Wɔn a wɔbɛkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ ne nkyɛn ne Manase+ abusuakuo no. Manase abusuapanin ne Pedasur ba Gamaliel.+ 21 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 32,200.+ 22 Wɔn a wɔka ho ne Benyamin abusuakuo no. Benyamin abusuapanin ne Gideoni ba Abidan.+ 23 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 35,400.+
24 “Enti asraafoɔ a wɔwɔ Efraim asoɛeɛ hɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa dodoɔ yɛ 108,100. Sɛ wɔretu* afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, wɔn na wɔto so mmiɛnsa a wɔbɛtu.+
25 “Mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Dan abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no na wɔbɛsi wɔn ntomadan wɔ atifi fam. Dan abusuapanin ne Amisadai ba Ahiesa.+ 26 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 62,700.+ 27 Wɔn a wɔbɛkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ ne nkyɛn ne Aser abusuakuo no. Aser abusuapanin ne Okran ba Pagiel.+ 28 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 41,500.+ 29 Wɔn a wɔka ho ne Naftali abusuakuo no. Naftali abusuapanin ne Enan ba Ahira.+ 30 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 53,400.+
31 “Enti asraafoɔ a wɔwɔ Dan asoɛeɛ hɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa dodoɔ yɛ 157,600. Sɛ wɔretu* afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, wɔn na wɔtwa toɔ a wɔbɛtu,+ sɛdeɛ wɔahyehyɛ mmusuakuo mmiɛnsa asafo a wɔwom no.”
32 Weinom ne Israelfoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafie biara mu no. Nnipa a wɔwɔ asoɛeɛ ahodoɔ hɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ, a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 603,550.+ 33 Nanso Lewifoɔ no deɛ, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, wɔantwerɛ wɔn din+ anka Israelfoɔ a aka no ho.+ 34 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa. Enti sei na na Israel mmusuakuo mmiɛnsa asafo ahodoɔ no+ kyekyere asoɛeɛ na wɔtu firi wɔn asoɛeɛ.+ Ná wɔhyehyɛ wɔn ho mmusua mmusua ne sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie teɛ.
3 Weinom na na wɔyɛ Aaron ne Mose asefoɔ,* da a Yehowa ne Mose kasaa wɔ Sinai Bepɔ so no.+ 2 Aaron mma din nie: Nadab, a ɔyɛ ne ba panin, ne Abihu,+ Eleasar,+ ne Itamar.+ 3 Weinom ne Aaron mma a wɔsraa wɔn hyɛɛ wɔn* asɔfoɔ sɛ wɔnyɛ asɔfodwuma no.+ 4 Nanso Nadab ne Abihu wuu wɔ Yehowa anim berɛ a wɔde egya foforɔ bi a Yehowa mmaa ho kwan bɔɔ afɔreɛ+ wɔ Sinai serɛ so no; ná wɔnni mma biara. Nanso Eleasar+ ne Itamar+ deɛ, wɔkɔɔ so ne wɔn papa Aaron yɛɛ asɔfodwuma no.
5 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6 “Fa Lewi abusuakuo+ no bra, na fa wɔn bɛgyina ɔsɔfoɔ Aaron anim, na wɔmmɛboa no.+ 7 Wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma de aboa Aaron na wɔde asom asafo no nyinaa wɔ ɔsom ntomadan no anim. 8 Wɔnhwɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu nneɛma nyinaa so,+ na wɔnyɛ ɔsom ntomadan no ho adwuma mfa nsom Israelfoɔ no.+ 9 Fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mma. Wɔde Lewifoɔ no ama no. Wɔayi wɔn afiri Israelfoɔ mu ama no.+ 10 Na yi Aaron ne ne mma ma wɔnyɛ wɔn asɔfodwuma.+ Obiara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* no, sɛ ɔbɛn hɔ a, monku no.”+
11 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Hwɛ! Me deɛ, mayi Lewifoɔ afiri Israelfoɔ mu sɛ wɔnsi Israelfoɔ mmakan* nyinaa anan.+ Enti Lewifoɔ bɛyɛ me dea. 13 Ɛfiri sɛ abakan biara yɛ me dea.+ Ɛda a mekum Egypt asaase so mmakan nyinaa no,+ mehyiraa mmakan a wɔwɔ Israel nyinaa so fae, nnipa ne mmoa mmakan nyinaa.+ Enti wɔbɛyɛ me dea. Mene Yehowa.”
14 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so+ sɛ: 15 “Twerɛ Lewifoɔ no din na hunu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafie biara mu ne wɔn abusua biara mu. Twerɛ ɔbarima a wadi bosome baako rekɔ biara din.”+ 16 Enti Mose tiee ahyɛdeɛ a Yehowa de maeɛ no, na ɔtwerɛɛ wɔn din sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no. 17 Lewi mma din nie: Gerson ne Kohat ne Merari.+
18 Gerson mma a wɔn din da wɔn mmusua so nie: Libni ne Simei.+
19 Kohat mma a wɔn din da wɔn mmusua so ne Amram, Yisar, Hebron, ne Usiel.+
20 Merari mma a wɔn din da wɔn mmusua so ne Mahli+ ne Musi.+
Weinom ne Lewifoɔ mmusua no ne wɔn agyanom abusuafie.
21 Mmusua a ɛfiri Gerson mu ne, Libni+ abusua ne Simei abusua. Weinom ne Gersonfoɔ mmusua. 22 Wɔtwerɛɛ mmarima a ɛwɔ wɔn mu a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa din; wɔn dodoɔ yɛ 7,500.+ 23 Gersonfoɔ mmusua no kyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ ɔsom ntomadan no akyi+ wɔ atɔeɛ fam. 24 Abusuapanin a ɔda Gersonfoɔ agyanom abusuafie ano ne Lael ba Eliasaf. 25 Adwuma a wɔde hyɛɛ Gersonfoɔ+ no nsa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu ne sɛ wɔbɛhwɛ ɔsom ntomadan no, ne emu ntoma,+ ne ntoma a ɛkata ho,+ ne ntoma*+ a ɛsɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, 26 ne ntoma* a ɛsensɛn adihɔ no ho,+ ne ɔsom ntoma*+ a ɛwɔ adihɔ no ano, adihɔ a ɛwɔ ɔsom ntomadan no ne afɔrebukyia no ho no, ne ɛho nhoma, ne weinom ho adwuma biara.
27 Mmusua a ɛfiri Kohat mu ne, Amram abusua ne Yisar abusua ne Hebron abusua ne Usiel abusua. Weinom ne Kohatfoɔ+ mmusua. 28 Mmarima a ɛwɔ wɔn mu a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa dodoɔ yɛ 8,600; wɔn na wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ kronkronbea hɔ.+ 29 Kohatfoɔ mmusua no kyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ ɔsom ntomadan no anaafoɔ fam.+ 30 Abusuapanin a ɔda Kohatfoɔ agyanom abusuafie ano ne Usiel+ ba Elisafan. 31 Adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa ne sɛ wɔbɛhwɛ Adaka no,+ ɛpono no,+ kaneadua no,+ afɔrebukyia+ a ɛwowɔ hɔ, nneɛma a wɔde som wɔ kronkronbea hɔ,+ ntoma* no,+ ne weinom ho adwuma biara.+
32 Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar+ na na ɔyɛ Lewi abusuakuo mpanimfoɔ no mu panin. Ɔno na na ɔhwɛ kronkronbea hɔ adwumayɛfoɔ nyinaa so.
33 Mmusua a ɛfiri Merari mu ne Mahli abusua ne Musi abusua. Weinom ne Merarifoɔ mmusua.+ 34 Wɔtwerɛɛ mmarima a ɛwɔ wɔn mu a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa din; wɔn dodoɔ yɛ 6,200.+ 35 Abusuapanin a ɔda Merarifoɔ agyanom abusuafie ano ne Abihail ba Suriel. Wɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ ɔsom ntomadan no atifi fam.+ 36 Adwuma a wɔde hyɛɛ Merarifoɔ no nsa ne sɛ wɔbɛhwɛ ɔsom ntomadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinasoɔ, ne nneɛma a wɔde som wɔ hɔ nyinaa,+ ne weinom ho adwuma biara.+ 37 Afei nso, na wɔhwɛ adum a atwa adihɔ no ho ahyia, ne adum no nnyinasoɔ,+ ne nnua a wɔde bɔ ɔsom ntomadan no mu tim fam, ne ɛho nhoma so.
38 Wɔn a wɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ ɔsom ntomadan no anim wɔ apueeɛ fam, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no anim, baabi a awia pue firi no, ne Mose ne Aaron ne Aaron mma. Adwuma a na ɛhyɛ wɔn nsa ne sɛ wɔbɛsi Israelfoɔ no anan ahwɛ tenabea kronkron no so. Obiara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* no, sɛ ɔbɛn hɔ a, monku no.+
39 Lewifoɔ mmarima a wɔadi bosome baako rekɔ a Mose ne Aaron twerɛɛ wɔn din de hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 22,000.
40 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ Israelfoɔ mmarima a wɔyɛ mmakan a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa din.+ Kan wɔn, na twerɛ wɔn din. 41 Fa Lewifoɔ no ma me; mene Yehowa. Fa wɔn si Israelfoɔ mmakan nyinaa anan,+ na fa Lewifoɔ no afieboa mmakan nyinaa si Israelfoɔ afieboa mmakan nyinaa anan.”+ 42 Enti Mose twerɛɛ Israelfoɔ mmakan nyinaa din, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no. 43 Mmarima a wɔyɛ mmakan a wɔadi bosome baako rekɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa dodoɔ yɛ 22,273.
44 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 45 “Fa Lewifoɔ no si Israelfoɔ mmakan nyinaa anan, na fa Lewifoɔ no afieboa si wɔn afieboa anan. Enti Lewifoɔ bɛyɛ me dea. Mene Yehowa. 46 Israelfoɔ mmakan 273 a wɔboro Lewifoɔ no so no,+ gye wɔn ho agyedeɛ+ yi: 47 Onipa baako biara, gye nnwetɛbena nnum.+ Susu nnwetɛbena* no sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* Dwetɛbena biara yɛ gerah* 20.+ 48 Fa sika no ma Aaron ne ne mma sɛ wɔn a wɔboro wɔn so no ho agyedeɛ.” 49 Enti Mose gyee sika a wɔde retua agyedeɛ no, na ɔde gyee wɔn a wɔboro Lewifoɔ no so no. 50 Ɔgyegyee sika no firii Israelfoɔ mmakan hɔ, na ɔnyaa nnwetɛbena 1,365, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. 51 Na Mose tiee Yehowa asɛm,* na ɔde agyedeɛ sika no maa Aaron ne ne mma, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
4 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Monkan Kohatfo+ a wɔwɔ Lewifoɔ mu, na munhunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie. 3 Monkan wɔn a wɔadi mfeɛ 30+ kɔsi mfeɛ 50+ a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa.+
4 “Wei ne adwuma a Kohatfoɔ bɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu;+ ɛyɛ ade kronkron paa. Ɛne sɛ: 5 Sɛ wɔretu* afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, Aaron ne ne mma no bɛba ɔsom ntomadan no mu abɛyi ntwamutam no,+ na wɔde akata Adanseɛ Adaka+ no ho. 6 Afei wɔde sukraman* nwoma bɛkata so, na wɔde ntoma bruu agu so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ deɛ ɛhyɛ.
7 “Bio nso, ɛpono a wɔhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ wɔ so no,+ wɔde ntoma bruu bɛsɛ so, na wɔde nyowa ne nkuruwa nketewa ne nkyɛnsee ne nkuruwa akɛseɛ no asisi so, nkuruwa akɛseɛ a wɔde nsã a wɔde bɔ nsã afɔreɛ gu mu no;+ paanoo a ɛsisi so daa no,+ ɛnsisi so. 8 Afei wɔde ntoma kɔkɔɔ bɛgu so, na wɔde sukraman nwoma akata so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ deɛ ɛhyɛ. 9 Bio nso, wɔde ntoma bruu bɛkata kaneadua+ a wɔde nkanea sisi so no ho, ne ɛho nkanea,+ ne ɛho nneɛma a wɔde fa egya,+ ne nkyɛnsee a wɔde egya gu mu no ho, ne nneɛma a wɔde kanea mu ngo gu mu no nyinaa ho. 10 Afei wɔde sukraman nwoma nkatasoɔ bɛdura kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa ho, na wɔde ato dua a wɔde bɛsoa no so. 11 Ɛno akyi no, wɔde ntoma bruu bɛfa sika kɔkɔɔ afɔrebukyia no+ ho, na wɔde sukraman nwoma akata so, na wɔde ɛho nnua a wɔde soa no+ ahyehyɛ deɛ ɛhyɛ. 12 Na wɔde nneɛma a wɔde som wɔ kronkronbea hɔ no nyinaa+ bɛgu ntoma bruu mu, na wɔde sukraman nwoma afa ho, na wɔde ato dua a wɔde bɛsoa no so.
13 “Wɔnsesa afɔrebukyia no mu nsõ* mfiri mu,+ na wɔmfa ntoma afasebire nkata so. 14 Afei wɔmfa nneɛma a wɔde som wɔ afɔrebukyia no so nyinaa ngu so. Nneɛma no ne, nkyɛnsee a wɔde egya gu mu, adinam, sofi, ne nkyɛnsee, kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔde yɛ afɔrebukyia no so adwuma nyinaa.+ Wɔwie a, wɔmfa sukraman nwoma nkatasoɔ nkata so, na wɔmfa ɛho nnua a wɔde soa no+ nhyehyɛ deɛ ɛhyɛ.
15 “Sɛ wɔretu afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea no ne nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ no nyinaa ho.+ Wɔwie a, na Kohatfoɔ no aba hɔ abɛsoa.+ Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho ka kronkronbea no, anyɛ saa a, wɔbɛwu.+ Weinom ne Kohatfoɔ no asɛdeɛ* a wɔwɔ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho.
16 “Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar+ na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛgu kanea mu,+ ne aduhwam,+ ne daa aduane afɔreɛ, ne ɔsrango no+ so. Ɔno na ɔbɛhwɛ ɔsom ntomadan no nyinaa ne emu nneɛma nyinaa so; kronkronbea no ne ɛho nneɛma nyinaa nso ka ho.”
17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 18 “Monhwɛ na wɔantwa Kohatfoɔ mmusua+ amfiri Lewifoɔ mu. 19 Monyɛ wei mma wɔn na wɔatena nkwa mu na wɔamma nneɛma a ɛyɛ kronkron paa+ no ho ammɛwuwu. Aaron ne ne mma bɛba ɔsom ntomadan no mu abɛkyerɛ adwuma a obiara bɛyɛ ne deɛ ɔbɛsoa. 20 Ɛnsɛ sɛ wɔba hɔ* ma wɔn ani bɔ nneɛma kronkron no so ketekete mpo na wɔanwu.”+
21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 22 “Monkan Gersonfoɔ+ nhunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ wɔn agyanom abusuafie ne wɔn mmusua mu. 23 Monkan wɔn a wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa. 24 Adwuma a Gersonfoɔ mmusua bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa nie:+ 25 Wɔbɛsoa ɔsom ntomadan no ho ntoma,+ ne ahyiaeɛ ntomadan no ho ntoma, ne ne nkatasoɔ, ne sukraman nwoma nkatasoɔ a ɛgu so,+ ne ntoma a ɛsɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano,+ 26 ne ntoma a ɛsensɛn adihɔ no ho,+ ne ntoma* a ɛwɔ adihɔ no ano,+ adihɔ a ɛwɔ ɔsom ntomadan no ne afɔrebukyia no ho no, ne ɛho nhoma, ne ɛho nneɛma nyinaa ne biribiara a wɔde yɛ ɛho adwuma. Ɛno ne wɔn adwuma. 27 Aaron ne ne mma na wɔbɛhwɛ Gersonfoɔ+ nnwuma ne nneɛma a wɔbɛsoa nyinaa so. Mode nnesoa yi nyinaa bɛma wɔn; ɛno na ɛbɛyɛ wɔn adwuma. 28 Wei ne adwuma a Gersonfoɔ mmusua bɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu,+ na ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.+
29 “Na Merarifoɔ+ no deɛ, monkan wɔn nhunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie. 30 Monkan wɔn a wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa. 31 Adwuma a wɔbɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho nie:+ wɔbɛsoa ɔsom ntomadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinasoɔ,+ 32 adum+ a atwa adihɔ no ho ahyia, ne adum no nnyinasoɔ,+ ne nnua a wɔde bɔ ntomadan no mu tim fam,+ ne ɛho nhoma ne emu nneɛma nyinaa, ne weinom ho adwuma biara. Mommɔ obiara din na monkyerɛ no nneɛma a ɔbɛsoa. 33 Wei ne adwuma a Merarifoɔ mmusua+ bɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.”+
34 Afei Mose ne Aaron ne asafo no mu mpanimfoɔ+ no kan Kohatfoɔ+ hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn mmusua ne wɔn agyanom abusuafie, 35 wɔn a wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa.+ 36 Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu no, wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 2,750.+ 37 Wɔkan weinom wɔ Kohatfoɔ mmusua no mu, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+
38 Na wɔkan Gersonfoɔ+ hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie, 39 wɔn a wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa. 40 Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie no, wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 2,630.+ 41 Weinom ne Gersonfoɔ mmusua a wɔkan wɔn, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+
42 Na wɔkan Merarifoɔ hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie, 43 wɔn a wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50 a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa.+ 44 Nnipa a wɔkan wɔn wɔ wɔn mmusua mu no, wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 3,200.+ 45 Weinom ne Merarifoɔ mmusua a wɔkan wɔn, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nyinaa. Mose ne Aaron kan wɔn sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+
46 Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanimfoɔ no kan Lewifoɔ yi nyinaa hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom abusuafie. 47 Ná wɔadi mfeɛ 30 kɔsi mfeɛ 50, na na wɔn nyinaa yɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na na wɔsoa ɛho nneɛma.+ 48 Nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa dodoɔ yɛ 8,580.+ 49 Wɔkan wɔn sɛdeɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ no. Wɔkan wɔn sɛdeɛ obiara adwuma ne n’adesoa teɛ. Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa ara na wɔkan wɔn.
5 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, obiara a ɔyare kwata, obiara a ne ho nsuo sene, ne obiara a efunu* ama ne ho agu fĩ a ɔwɔ wɔn mu no, wɔnyi no mfiri asoɛeɛ hɔ.+ 3 Ɔbarima oo, ɔbaa oo, monyi no mfiri mo mu. Monyi no nkɔ asoɛeɛ no akyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrengu wɔn a mete wɔn mu no asoɛeɛ ho fĩ.”+ 4 Enti Israelfoɔ no yɛɛ saa, na wɔyii wɔn kɔɔ asoɛeɛ no akyi. Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa ara na Israelfoɔ no yɛeɛ.
5 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa kɔyɛ bɔne a nnipa taa yɛ no bi, na wanni Yehowa nokorɛ a, saa onipa* no di fɔ.+ 7 Ɔnka* ne* bɔne,+ na ɔntua adeɛ no boɔ pɛpɛɛpɛ mfa mpata mma ne bɔne no, na ɔnsan nkyɛ boɔ no mu nnum mfa baako nka ho;+ ɔmfa mma deɛ ɔyɛɛ no bɔne no. 8 Na sɛ deɛ wɔayɛ no bɔne no nni obusuani biara a ɔbɛn no a wɔbɛtua mpata adeɛ no ama no a, ɛnneɛ ɔmfa nkɔma Yehowa, na ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ no dea; ɔde bɛka odwennini a ɔsɔfoɔ no de bɛbɔ afɔdie afɔreɛ de apata ama no no ho.+
9 “‘Ntoboa kronkron+ biara a Israelfoɔ no de bɛma ɔsɔfoɔ no, ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ no dea.+ 10 Ade kronkron a obiara wɔ no yɛ ne dea. Na adeɛ biara a obi de bɛma ɔsɔfoɔ no, ɛno na ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ no dea.’”
11 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Wo ne Israelfoɔ no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi yere anni ne kunu nokorɛ, na ɔfiri ne kunu akyi 13 ma ɔbarima foforɔ ne no da,+ na ne kunu no nnim ho hwee anaa ɔbaa no mmɔɔ so nkyerɛɛ obiara, ma enti ne ho agu fĩ, nanso ɛho danseni biara nni hɔ, na wɔnkyee no nso a, deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: 14 Sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbaa no agu ne ho fĩ nti na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ne yere afiri n’akyi oo, sɛ nso ɔbaa no nguu ne ho fĩ na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ɔbaa no afiri n’akyi oo, 15 ɔbarima no mfa ne yere no mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔmfa baali* esiam efa nkyɛmu du mu baako* nka ho sɛ ɔbaa no afɔreɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔhwie ngo gu so anaa ɔde ɛhyɛ* gu so, ɛfiri sɛ ɛyɛ ninkuntwe ho aduane afɔreɛ, aduane afɔreɛ a ɛma wɔkae afɔdie.
16 “Afei ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no mmra mmɛgyina Yehowa anim.+ 17 Ɔsɔfoɔ no nsa nsu kronkron ngu kukuo mu, na ɔsɔfoɔ no mfa mfuturo a ɛwɔ fam hɔ wɔ ɔsom ntomadan no mu no bi ngu nsuo no mu. 18 Ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nnyina Yehowa anim na ɔnsane ɔbaa no tiri nwi. Afei ɔsɔfoɔ no mfa nkaeɛ aduane afɔreɛ no, kyerɛ sɛ, ninkuntwe ho aduane afɔreɛ no nhyɛ ɔbaa no nsam,+ na ɔsɔfoɔ no mfa nsuo nwonwoonwono a ɛde nnome ba no nkura.+
19 “‘Afei ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nka ntam, na ɔnka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: “Sɛ ɔbarima biara ne wo nnae berɛ a wohyɛ wo kunu ase yi,+ na womfirii wo kunu akyi nkɔguu wo ho fĩ a, ɛnneɛ mma nsuo nwonwoonwono a ɛde nnome ba yi nnyɛ wo hwee. 20 Nanso sɛ woafiri wo kunu akyi berɛ a wohyɛ n’ase akɔgu wo ho fĩ, na wo ne ɔbarima foforɔ a ɔnyɛ wo kunu akɔda a,—”+ 21 Afei ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nka ntam a nnome wom, na ɔsɔfoɔ no nka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: “Yehowa mma wonnane biribi a nkurɔfoɔ de dome na wɔde ka ntam wɔ wo man mu, na Yehowa mma wo srɛ* nhi* na w’afuru nhono. 22 Nsuo a ɛde nnome ba yi bɛkɔ wo nsono mu na ɛbɛma w’afuru ahono na ama wo srɛ* ahi.”* Ɔwie a, ɔbaa no nka sɛ: “Amen! Amen!”*
23 “‘Afei ɔsɔfoɔ no ntwerɛ nnome yi ngu nwoma mu na ɔnhohoro ngu nsuo nwonwoonwono no mu. 24 Ɔwie a, ɔmfa nsuo nwonwoonwono a ɛde nnome ba no mma ɔbaa no nnom. Na nsuo a ɛde nnome ba no bɛkɔ ɔbaa no mu, na ɛbɛyɛ nwonwoonwono wɔ ne mu. 25 Afei ɔsɔfoɔ no nnye ninkuntwe ho aduane afɔreɛ no+ mfiri ɔbaa no nsam, na ɔnhim aduane afɔreɛ no wɔ Yehowa anim, na ɔmfa mmra afɔrebukyia no ho. 26 Aduane afɔreɛ no, ɔsɔfoɔ no nsa ne nsa ma, na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so.+ Ɔwie a, ɔmma ɔbaa no nnom nsuo no. 27 Sɛ ɔma ɔbaa no nom nsuo no, na sɛ ampa ɔbaa no agu ne ho fĩ na wafiri ne kunu akyi a, nsuo a ɛde nnome ba no bɛkɔ ɔbaa no mu, na ɛbɛyɛ nwonwoonwono wɔ ne mu, na n’afuru bɛhono na ne srɛ* ahi,* na ɔbaa no bɛdane biribi a nkurɔfoɔ de dome wɔ ne man mu. 28 Nanso sɛ ɔbaa no nguu ne ho fĩ, na ne ho te a, ɛnneɛ saa asotwe no remma no so, na ɔbɛtumi anyinsɛn awo.
29 “‘Wei ne ninkuntwe ho mmara a ɛwɔ hɔ.+ Sɛ ɔbaa a ɔhyɛ ne kunu ase firi ne kunu akyi na ɔkɔgu ne ho fĩ, 30 anaasɛ ɔbarima bi twe ninkunu, na n’adwene yɛ no sɛ ne yere afiri n’akyi a, ɛsɛ sɛ ɔde ne yere no bɛgyina Yehowa anim, na ɔsɔfoɔ no de deɛ mmara yi ka nyinaa yɛ no. 31 Ɔbarima no deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara, na ne yere no deɛ, ɔbɛsoa ne bɔne.’”
6 Yehowa toaa so ne Mose kasae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Wo ne Israelfoɔ no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa biara hyɛ bɔ titire bi sɛ ɔbɛyɛ Nasirini*+ ama Yehowa a, 3 ɔntwe ne ho mfiri bobesa ne nsã a ɛborɔ biara ho. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa a emu ka anaa nsã a ɛborɔ a emu ka biara.+ Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobe mu nsuo biara anaa ɔdi bobe; deɛ ɛyɛ mono oo, deɛ awo oo, ɛnsɛ sɛ ɔdi. 4 Nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini nyinaa, ɛnsɛ sɛ ɔdi biribiara a ɛfiri bobe mu; bobebunu oo, ne hono oo, ɛnsɛ sɛ ɔdi.
5 “‘Nna a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ Nasirini no nyinaa, ɛnsɛ sɛ ɔyi ne tiri nwi.*+ Ɛsɛ sɛ ɔgya ne tiri nwi ma ɛfu de kyerɛ sɛ ɔyɛ kronkron, kɔsi sɛ nna a watu ne ho asi hɔ ama Yehowa no bɛba awieeɛ. 6 Na nna a watu ne ho asi hɔ ama Yehowa no nyinaa, ɛnsɛ sɛ ɔkɔ* onipa* a wawuo ho. 7 Sɛ ne papa anaa ne maame anaa ne nuabarima anaa ne nuabaa mpo wu a, ɔnngu ne ho fĩ,+ ɛfiri sɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini ma Onyankopɔn no wɔ ne tiri so.
8 “‘Nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini nyinaa, ɔyɛ kronkron ma Yehowa. 9 Nanso sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn prɛko pɛ+ na sɛ ne tiri nwi a ɛkyerɛ sɛ wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn no ho gu fĩ* a, ɛnneɛ ɛda a ɔbɛdwira ne ho no, ɛsɛ sɛ ɔyi ne tiri nwi.+ Ɔnyi ne tiri nwi no ɛda a ɛtɔ so nson no. 10 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. 11 Ɔsɔfoɔ no de baako bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ na ɔde baako nso abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ de apata ama no+ wɔ onipa* a wawu a ama no ayɛ bɔne no ho. Ɔwie a, ɔnte ne tiri no ho saa da no. 12 Na ɔnsan nhyira ne ho so bio mma Yehowa, nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini no. Ɔmfa odwennini kumaa a wadi bɛyɛ afe mmɛbɔ afɔdie afɔreɛ. Nanso, nna a kane no ɔde tenaa ase sɛ Nasirini no deɛ, ne nyinaa bɛhye agu, ɛfiri sɛ wagu ne ho fĩ.
13 “‘Mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini nie: Sɛ nna a ɔbɛtena ase sɛ Nasirini no+ ba awieeɛ a, wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano. 14 Ɛhɔ na ɔmfa nneɛma yi mmɛbɔ afɔreɛ mma Yehowa: odwennini kumaa baako a ɔte apɔ a wadi bɛyɛ afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ,+ odwan bedeɛ kumaa baako a ɔte apɔ a wadi bɛyɛ afe a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ,+ ne odwennini baako a ɔte apɔ a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ 15 Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu nyɛ paanoo a mmɔka* nnim a ɛte sɛ kawa ngu kɛntɛn mu, na ɔmfa paanoo ntraantraa a mmɔka nnim a wɔde ngo asra ho, ne ɛho aduane afɔreɛ+ ne ɛho nsã a wɔde bɛbɔ afɔreɛ+ no mmra. 16 Ɔsɔfoɔ no mfa mmra Yehowa anim, na ɔmfa mmɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ mma no. 17 Afei ɔmfa odwennini no ne paanoo a mmɔka nnim a ɛgu kɛntɛn mu no mmɔ asomdwoeɛ afɔreɛ mma Yehowa, na ɔsɔfoɔ no mmɔ ɛho aduane afɔreɛ+ ne ɛho nsã afɔreɛ.
18 “‘Nasirini no nyi ne tiri nwi a wagya no kusuu* no+ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano. Ɔyi wie a, ɔmfa nwi a ɔgyaa no kusuu berɛ a ɔyɛ Nasirini no ngu egya a wɔde rebɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no mu. 19 Berɛ a Nasirini no ayi ne tiri nwi a ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini no awie no, ɔsɔfoɔ no mfa odwennini no basa baako a wɔanoa,+ na ɔnyi paanoo a mmɔka nnim a ɛte sɛ kawa a ɛgu kɛntɛn mu no baako, ne paanoo tratra a mmɔka nnim baako, na ɔmfa ngu Nasirini no nsam. 20 Afei ɔsɔfoɔ no nhim nneɛma no sɛ ohim afɔreɛ wɔ Yehowa anim.+ Ɛyɛ ade kronkron ma ɔsɔfoɔ no, ɛno, ne aboa a wɔde bɔɔ ohim afɔreɛ no koko, ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ no nyinaa.+ Wɔwie a, deɛ na ɔyɛ Nasirini no bɛtumi anom nsã.*
21 “‘Mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini+ a ɔhyɛ bɔ nie: Sɛ ɔhyɛ bɔ, na ɔbɛtumi abɔ afɔreɛ ama Yehowa aka deɛ ɛsɛ sɛ Nasirini yɛ ho a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɔdi ne bɔhyɛ no so sɛdeɛ mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini teɛ.’”
22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Sei na ɛsɛ sɛ mohyira Israelfoɔ.+ Monka nkyerɛ wɔn sɛ:
24 “Yehowa nhyira wo+ na ɔnhwɛ wo so.
25 Yehowa nte n’anim mma wo*+ na ɔnyɛ wo adom.
26 Yehowa mma n’ani so nhwɛ wo na ɔmma wo asomdwoeɛ.”’+
27 Na wɔmfa me din nto Israelfoɔ so+ na menhyira wɔn.”+
7 Da a Mose sii ɔsom ntomadan no wieeɛ no,+ ɔsraa ɔsom ntomadan no,+ na ɔtee ho, ɛne emu nneɛma nyinaa, afɔrebukyia no, ne ɛho nneɛma nyinaa.+ Berɛ a ɔsraa saa nneɛma yi nyinaa tee ho wieeɛ no,+ 2 Israel mpanimfoɔ,+ mpanimfoɔ a wɔdeda wɔn agyanom abusuafie ano no de nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔreɛ bae. Mmusuakuo mpanimfoɔ yi a wɔhwɛ maa wɔtwerɛɛ din no 3 de nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔreɛ yi baa Yehowa anim: Nteaseɛnam nsia a wɔakata so ne anantwie 12. Mpanimfoɔ mmienu biara de teaseɛnam baako bae, na ɔpanin biara de nantwie* baako bae. Wɔde ne nyinaa baa ɔsom ntomadan no anim. 4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 5 “Gye nneɛma a wɔde aba no, na wɔde bɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma. Fa ma Lewifoɔ no; deɛ obiara bɛhia de ayɛ n’adwuma no, fa ma no.”
6 Enti Mose gyee nteaseɛnam ne anantwie no, na ɔde maa Lewifoɔ no. 7 Ɔde nteaseɛnam mmienu ne anantwie nnan maa Gersonfoɔ no, ɛfiri sɛ ɛno na na wɔbɛhia de ayɛ wɔn adwuma;+ 8 na ɔde nteaseɛnam nnan ne anantwie nwɔtwe maa Merarifoɔ no, ɛfiri sɛ ɛno na na wɔbɛhia de ayɛ wɔn adwuma. Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na na ɔhwɛ wɔn adwuma no so.+ 9 Nanso Kohatfoɔ no deɛ, wamma wɔn bi, ɛfiri sɛ kronkronbea hɔ na na wɔyɛ adwuma,+ na na wɔsoa nneɛma kronkron no wɔ wɔn mmati.+
10 Mpanimfoɔ no de nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔreɛ no baa da a wɔsraa afɔrebukyia no hyiraa so* no. Berɛ a mpanimfoɔ no de nneɛma no baa afɔrebukyia no anim no, 11 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ma mpanimfoɔ no mfa nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔreɛ no mmra mmaako mmaako; ɔpanin baako de ne deɛ ba nnɛ a, na ɔpanin foforɔ de ne deɛ aba da a ɛdi hɔ. Saa na wɔmfa mmra mma wɔnhyira afɔrebukyia no so.”
12 Deɛ ɔde ne nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ baa da a ɛdi kan no ne Aminadab ba Naason+ a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no. 13 Nneɛma a ɔde baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ ne dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena* 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.*+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 14 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa* a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 15 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 16 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 17 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Aminadab+ ba Naason de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
18 Da a ɛtɔ so mmienu no, Suar ba Netanel+ a ɔyɛ Isakarfoɔ abusuapanin no de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no bae. 19 Nneɛma a ɔde baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ ne dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 20 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 21 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 22 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 23 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Suar ba Netanel de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
24 Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Helon ba Eliab+ a ɔyɛ Sebulonfoɔ abusuapanin no 25 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 26 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 27 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 28 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 29 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Helon ba Eliab+ de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
30 Da a ɛtɔ so nnan no, Sedeo ba Elisur+ a ɔyɛ Rubenfoɔ abusuapanin no 31 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 32 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 33 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 34 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 35 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Sedeo ba Elisur+ de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
36 Da a ɛtɔ so nnum no, Surisadai ba Selumiel+ a ɔyɛ Simeonfoɔ abusuapanin no 37 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 38 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 39 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 40 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 41 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Surisadai ba Selumiel+ de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
42 Da a ɛtɔ so nsia no, Deuel ba Eliasaf+ a ɔyɛ Gadfoɔ abusuapanin no 43 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 44 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 45 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 46 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 47 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Deuel ba Eliasaf+ de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
48 Da a ɛtɔ so nson no, Amihud ba Elisama+ a ɔyɛ Efraimfoɔ abusuapanin no 49 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 50 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 51 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 52 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 53 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Amihud ba Elisama+ de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
54 Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, Pedasur ba Gamaliel+ a ɔyɛ Manasefoɔ abusuapanin no 55 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 56 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 57 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 58 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 59 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Pedasur ba Gamaliel+ de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
60 Da a ɛtɔ so nkron no, Gideoni ba Abidan+ a ɔyɛ Benyaminfoɔ abusuapanin+ no 61 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 62 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 63 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 64 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 65 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Gideoni ba Abidan+ de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
66 Da a ɛtɔ so du no, Amisadai ba Ahiesa+ a ɔyɛ Danfoɔ abusuapanin no 67 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 68 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 69 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 70 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 71 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Amisadai ba Ahiesa+ de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
72 Da a ɛtɔ so dubaako no, Okran ba Pagiel+ a ɔyɛ Aserfoɔ abusuapanin no 73 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 74 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 75 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 76 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 77 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Okran ba Pagiel+ de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
78 Da a ɛtɔ so dumienu no, Enan ba Ahira+ a ɔyɛ Naftalifoɔ abusuapanin no 79 de nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no bae: Dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 80 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 81 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 82 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 83 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Enan ba Ahira+ de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
84 Da a wɔsraa afɔrebukyia no hyiraa so* no, nneɛma a Israel mpanimfoɔ de baa sɛ wɔmfa mmɔ afɔreɛ nie:+ Dwetɛ nyowa 12, dwetɛ nkyɛnsee 12, ne sika kɔkɔɔ nkuruwa 12.+ 85 Dwetɛ ayowa baako biara mu duro yɛ nnwetɛbena 130, na dwetɛ kyɛnsee baako biara mu duro yɛ nnwetɛbena 70. Enti wɔka nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ no nyinaa bom a, emu duro yɛ nnwetɛbena 2,400, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ 86 Sika kɔkɔɔ nkuruwa 12 a aduhwam ayɛ no mama no biara mu duro yɛ nnwetɛbena 10, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Enti sika kɔkɔɔ nkuruwa no nyinaa ano si nnwetɛbena 120. 87 Anantwie a wɔde bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nyinaa yɛ 12, adwennini 12, adwennini nkumaa 12 a wɔn mu biara adi afe, ne aduane afɔreɛ, ne mpɔnkye mma 12 a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ. 88 Na anantwie a wɔde bɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no nyinaa yɛ 24, adwennini 60, mpɔnkye 60, adwennini nkumaa 60 a wɔn mu biara adi afe. Weinom na wɔde bɔɔ afɔreɛ berɛ a wɔsraa afɔrebukyia no+ hyiraa so no.+
89 Berɛ biara a Mose bɛkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ ɔne Onyankopɔn* rekɔkasa no,+ na ɔte nne a ɛne no rekasa no firi Adanseɛ Adaka mmuasoɔ no so,+ wɔ kerubim mmienu no ntam;+ ɛhɔ na na Onyankopɔn ne no kasa firi.
8 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Aaron nkasa, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛ wososɔ nkanea no a, ma nkanea nson no nhyerɛn kaneadua no anim.’”+ 3 Enti deɛ Aaron yɛeɛ nie: Ɔsosɔɔ nkanea no maa ɛhyerɛn kaneadua+ no anim, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. 4 Ɛkwan a wɔfaa so yɛɛ kaneadua no nie: Wɔde hamma* boroo sika kɔkɔɔ, ɛnna wɔde yɛeɛ. Ɛfiri ne nan kɔsi ne nhwiren so nyinaa yɛ sika kɔkɔɔ a wɔde hamma aboro.+ Sɛdeɛ Yehowa yi kyerɛɛ Mose wɔ anisoadehunu+ mu no, saa ara na wɔyɛɛ kaneadua no.
5 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6 “Yi Lewifoɔ no firi Israelfoɔ no mu na te wɔn ho.+ 7 Deɛ wobɛyɛ de ate wɔn ho nie: Fa nsuo a wɔde hohoro bɔne petepete wɔn so. Afei ma wɔmfa yiwan nyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnsi wɔn ntaadeɛ, na wɔnte wɔn ho.+ 8 Wɔwie a, wɔmfa nantwinini kumaa+ ne esiam muhumuhu a wɔde ngo afra a wɔde bɛbɔ ɛho aduane afɔreɛ,+ na fa nantwinini kumaa foforɔ a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ.+ 9 Afei fa Lewifoɔ no kɔgyina ahyiaeɛ ntomadan no anim, na ma Israel asafo nyinaa nhyia.+ 10 Sɛ wode Lewifoɔ no bɛgyina Yehowa anim a, Israelfoɔ mfa wɔn nsa ngu Lewifoɔ no so.+ 11 Afei Aaron mfa Lewifoɔ no mmɔ afɔreɛ* wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔreɛ+ a ɛfiri Israelfoɔ no nsam. Ɛno akyi no, Lewifoɔ no nyɛ Yehowa som adwuma.+
12 “Na Lewifoɔ no mfa wɔn nsa ngu anantwinini no apampam.+ Afei fa baako bɔ bɔne ho afɔreɛ, na fa baako a aka no bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ma Yehowa fa pata ma Lewifoɔ no bɔne.+ 13 Na ma Lewifoɔ no nnyina Aaron ne ne mma no anim, na fa wɔn bɔ afɔreɛ* sɛ ohim afɔreɛ ma Yehowa. 14 Yi Lewifoɔ no firi Israelfoɔ no mu, na Lewifoɔ no mmɛyɛ me dea.+ 15 Ɛno akyi no, Lewifoɔ no mmra mmɛsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu. Wei na ɛsɛ sɛ woyɛ de te wɔn ho, na wode wɔn bɔ afɔreɛ* sɛ ohim afɔreɛ. 16 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, wɔde Lewifoɔ no ama me. Wɔayi wɔn afiri Israelfoɔ mu ama me. Wɔde wɔn asi Israelfoɔ mmakan* nyinaa anan,+ na mede wɔn bɛyɛ me dea. 17 Ɛfiri sɛ Israelfoɔ mmakan nyinaa yɛ me dea, nnipa ne mmoa mmakan nyinaa.+ Ɛda a mekunkum abakan biara wɔ Egypt asaase so no, saa da no na mehyiraa wɔn so faeɛ.+ 18 Mede Lewifoɔ bɛsi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan. 19 Na mɛyi Lewifoɔ afiri Israelfoɔ mu de wɔn ama Aaron ne ne mma ama wɔasom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu ama Israelfoɔ no.+ Na wɔbɛpata ama Israelfoɔ no bɔne sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israelfoɔ no remmɛn kronkronbea hɔ, na asiane bi ankɔto wɔn.”+
20 Na Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa yɛɛ Lewifoɔ no saa. Biribiara a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ Lewifoɔ no, saa ara na Israelfoɔ no yɛɛ wɔn. 21 Enti Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔsii wɔn ntaadeɛ.+ Berɛ a wɔwieeɛ no, Aaron de Lewifoɔ no bɔɔ afɔreɛ* wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔreɛ.+ Afei Aaron pata maa wɔn bɔne de tee wɔn ho.+ 22 Ɛno akyi no, Lewifoɔ no kɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ Aaron ne ne mma anim. Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ Lewifoɔ no, saa ara na wɔyɛɛ wɔn.
23 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24 “Nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ ma Lewifoɔ nie: Mmarima a wɔadi mfeɛ 25 rekɔ no bɛkɔ akɔka wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan mu no ho ne wɔn ayɛ adwuma. 25 Nanso sɛ obi di mfeɛ 50 a, ɔbɛfiri adwumayɛfoɔ no mu, na ɔrenyɛ adwuma no bio. 26 Sɛ ɔpɛ a, ɔbɛtumi ayɛ adwuma aboa ne nuanom a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no, nanso ɔsom adwuma no deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ bi. Wei na ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ Lewifoɔ no ne wɔn dwumadie ho.”+
9 Berɛ a Israelfoɔ firii Egypt asaase so no, afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan mu no,+ Yehowa ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so sɛ: 2 “Sɛ berɛ so a, Israelfoɔ no nni Twam no.+ 3 Bosome yi da a ɛtɔ so 14 no anwummerɛ* na monni. Monni no berɛ a wɔahyɛ no. Monyɛ no sɛdeɛ ɛho mmara nyinaa ne ɛho nhyehyɛeɛ nyinaa teɛ.”+
4 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnni Twam no. 5 Na wɔdii Twam no bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 no anwummerɛ.* Wɔdii wɔ Sinai serɛ so. Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa pɛpɛɛpɛ na Israelfoɔ no yɛeɛ.
6 Nanso na mmarima bi wɔ hɔ a wɔde wɔn ho aka funu* ama wɔn ho agu fĩ,+ enti wɔantumi anni Twam no saa da no. Ɛnna saa mmarima no kɔɔ Mose ne Aaron anim saa da no.+ 7 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛde yɛn ho aka funu* ama yɛn ho agu fĩ deɛ, nanso sɛ Israelfoɔ de wɔn afɔreɛ reba Yehowa anim a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔyi yɛn firi mu?”+ 8 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwɛn wɔ hɔ na mentie deɛ Yehowa bɛka afa mo ho.”+
9 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mo mu bi anaa mo asefoɔ no bi de ne ho ka efunu* ma ne ho gu fĩ,+ anaa ɔtu kwan kɔ akyirikyiri mpo a, ɛsɛ sɛ ɔdi Twam no ma Yehowa. 11 Wɔnni no bosome a ɛtɔ so mmienu no+ da a ɛtɔ so 14 no anwummerɛ.* Wɔmfa paanoo a mmɔka* nnim ne nhaban a ɛyɛ nwono nka ho nni.+ 12 Ɛnsɛ sɛ wɔgya bi ma adeɛ kye so,+ na ɛnsɛ sɛ wɔbu ne dompe biara mu.+ Wɔnyɛ no sɛdeɛ Twam no ho mmara nyinaa teɛ. 13 Na sɛ obi ho te, na ɔntuu kwan, nanso ɔbu n’ani gu Twam no so a, wɔnku* saa onipa* no mfiri ne man mu,+ ɛfiri sɛ wamfa Yehowa afɔreɛ ammrɛ no wɔ berɛ a wɔahyɛ no. Saa onipa no bɛnya ne bɔne so akatua.
14 “‘Sɛ ɔhɔhoɔ bi te mo mu a, ɔno nso nni Twam no mma Yehowa.+ Ɔnni no sɛdeɛ Twam no ho mmara ne ɛho nhyehyɛeɛ teɛ.+ Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo, ɔhɔhoɔ ne kuromanni nyinaa.’”+
15 Da a wɔsii ɔsom ntomadan no,+ mununkum bɛkataa ɔsom ntomadan no so, Adanseɛ ntomadan no. Nanso ɛduruu anwummerɛ no, biribi a ɛte sɛ egya kataa ɔsom ntomadan no so maa adeɛ kyee.+ 16 Saa na ɛkɔɔ so daa: Sɛ ɛduru anɔpa a na mununkum abɛkata so, na sɛ ɛduru anadwo a na biribi a ɛte sɛ egya akata so.+ 17 Sɛ mununkum no firi ɔsom ntomadan no so a, ntɛm ara na Israelfoɔ no atu,+ na baabi a mununkum no bɛgyina no, ɛhɔ na Israelfoɔ no bɛsoɛ.+ 18 Sɛ Yehowa ka sɛ Israelfoɔ no ntu a, na wɔatu, na sɛ wɔduru baabi na Yehowa ka sɛ wɔnsoɛ a, na wɔasoɛ.+ Nna dodoɔ a mununkum no bɛdi wɔ ɔsom ntomadan no so no, saa nna dodoɔ no na wɔde bɛtena hɔ. 19 Sɛ mununkum no di nna pii wɔ ɔsom ntomadan no so mpo a, na Israelfoɔ no tie Yehowa, na na wɔntu.+ 20 Ɛtɔ da a, na mununkum no di nna kakra wɔ ɔsom ntomadan no so. Sɛ Yehowa ka sɛ wɔnkɔ so ntena hɔ a, na wɔatena, na Yehowa ka sɛ wɔntu a, na wɔatu. 21 Ɛtɔ da nso a, na mununkum no kata so firi anwummerɛ kɔsi anɔpa nko ara, na sɛ ɛduru anɔpa na mununkum no firi so a, na wɔatu. Sɛ anɔpa na ɛbɛfiri so oo, sɛ anadwo oo, saa berɛ no na wɔtu.+ 22 Enti sɛ mununkum no di nnanu anaa bosome anaa deɛ ɛboro saa wɔ ɔsom ntomadan no so, na sɛ ɛmfirii so a, Israelfoɔ no kɔ so tena hɔ a wɔntu. Na sɛ ɛfiri so a, na wɔatu. 23 Sɛ Yehowa ka sɛ wɔntu a, na wɔatu, na sɛ wɔduru baabi na Yehowa ka sɛ wɔnsoɛ a, na wɔasoɛ. Wɔyɛɛ setie maa Yehowa, na wɔyɛɛ deɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ nyinaa.
10 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Yɛ ntotorobɛnto+ mmienu. Fa hamma* boro dwetɛ fa yɛ. Ɛno na wode bɛfrɛ asafo no abɛhyia anaasɛ wode bɛma wɔatu akɔ baabi foforɔ. 3 Sɛ wɔhyɛn mmienu no nyinaa a, asafo no nyinaa bɛboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano.+ 4 Na sɛ wɔhyɛn totorobɛnto baako pɛ a, Israel mpanimfoɔ a wɔdeda apem apem ano no, wɔn nko ara na wɔbɛboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn.+
5 “Sɛ mohyɛn totorobɛnto no ma ne nnyegyeeɛ kɔ soro ba fam a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn asoɛeɛ wɔ apueeɛ fam no tu.+ 6 Sɛ mohyɛn totorobɛnto no ma nnyegyeeɛ no kɔ soro ba fam ne mprenu so a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn asoɛeɛ wɔ anaafoɔ fam no tu.+ Berɛ biara, sɛ wɔn mu bi rebɛtu a, wɔnhyɛn mma nnyegyeeɛ no nkɔ soro mmra fam.
7 “Sɛ morefrɛ asafo no abɛhyiam a, monhyɛn ntotorobɛnto no,+ nanso ɛnsɛ sɛ moma nnyegyeeɛ no kɔ soro ba fam. 8 Aaron mma asɔfoɔ no na wɔbɛhyɛn ntotorobɛnto no.+ Ɛkwan a wɔfa so hyɛn ntotorobɛnto no, ɛbɛyɛ mmara a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
9 “Sɛ atamfo a wɔretan mo ani ba mo asaase so sɛ wɔne mo rebɛko a, monhyɛn ntotorobɛnto no mfrɛ ɔman no nkɔ ɛko.+ Na Yehowa mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afiri mo atamfo nsam.
10 “Afei nso, berɛ a moregye mo ani,+ te sɛ berɛ a morehyɛ fã,+ anaa berɛ a morefiri bosome foforɔ ase no, monhyɛn ntotorobɛnto no ngu mo hyeɛ afɔreɛ+ ne mo asomdwoeɛ afɔreɛ+ no so. Ɛbɛma wɔakae mo wɔ mo Nyankopɔn anim. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”+
11 Afei afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so 20 no,+ mununkum no firii Adanseɛ ntomadan no so.+ 12 Enti Israelfoɔ no firii aseɛ tu firii Sinai serɛ so, sɛdeɛ wɔahyehyɛ wɔn sɛ wɔretu a wɔnyɛ no.+ Na mununkum no kɔgyinaa Paran serɛ so.+ 13 Wei ne deɛ ɛdi kan a wɔtuiɛ, sɛdeɛ Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn no.+
14 Enti mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Yuda abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no na wɔdii kan tuiɛ. Aminadab ba Naason+ na na ɔda n’abusuakuo asraafoɔkuo ano. 15 Suar ba Netanel+ na na ɔda Isakar abusuakuo asraafoɔkuo ano. 16 Helon ba Eliab+ na na ɔda Sebulon abusuakuo asraafoɔkuo ano.
17 Berɛ a wɔtutuu ɔsom ntomadan no,+ Gersonfoɔ+ ne Merarifoɔ+ a wɔsoa ɔsom ntomadan no tui.
18 Na mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Ruben abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no tui. Sedeo ba Elisur+ na na ɔda n’abusuakuo asraafoɔkuo ano. 19 Surisadai ba Selumiel+ na na ɔda Simeon abusuakuo asraafoɔkuo ano. 20 Deuel ba Eliasaf+ na na ɔda Gad abusuakuo asraafoɔkuo ano.
21 Na Kohatfoɔ a wɔsoa tenabea kronkron hɔ nneɛma no+ tui. Ná ɛsɛ sɛ wɔsi ɔsom ntomadan no wie ansa na wɔaduru hɔ.
22 Na mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Efraim abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no tui. Amihud ba Elisama+ na na ɔda n’abusuakuo asraafoɔkuo ano. 23 Pedasur ba Gamaliel+ na na ɔda Manase abusuakuo asraafoɔkuo ano. 24 Gideoni ba Abidan+ na na ɔda Benyamin abusuakuo asraafoɔkuo ano.
25 Na mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Dan abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no tui. Wɔn na wɔbɔɔ asafo no nyinaa kyidɔm. Amisadai ba Ahiesa+ na na ɔda n’abusuakuo asraafoɔkuo ano. 26 Okran ba Pagiel+ na na ɔda Aser abusuakuo asraafoɔkuo ano. 27 Enan ba Ahira+ na na ɔda Naftali abusuakuo asraafoɔkuo ano. 28 Sɛ Israelfoɔ ne wɔn asraafoɔkuo retu a, wei ne nhyehyɛeɛ a na wɔde yɛ adwuma.+
29 Afei Mose ka kyerɛɛ Hobab a ɔyɛ Mose ase Midianni Reuel*+ ba no sɛ: “Yɛretu akɔ baabi a Yehowa kaa sɛ, ‘Mede bɛma mo’ no.+ Bra ma yɛnkɔ,+ na yɛbɛyɛ wo yie, ɛfiri sɛ Yehowa de nneɛma pa ahyɛ Israel bɔ.”+ 30 Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Merenkɔ. Mɛsan akɔ me man mu ne m’abusuafoɔ nkyɛn.” 31 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, nnya yɛn hɔ, ɛfiri sɛ wo na wonim baabi a ɛsɛ sɛ yɛkyekyere asoɛeɛ wɔ serɛ yi so. Wobɛtumi akyerɛ yɛn kwan.* 32 Sɛ wo ne yɛn kɔ a,+ papa a Yehowa bɛyɛ yɛn biara no, sɛdeɛ ɛteɛ biara yɛn nso yɛbɛyɛ wo bi.”
33 Enti wɔfirii aseɛ nante firii Yehowa bepɔ no+ ho twaa nnansa kwan, na Yehowa apam adaka no+ dii wɔn anim wɔ nnansa akwantuo no mu hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ.+ 34 Sɛ wɔtu firi baabi a wɔakɔsoɛ no a, na Yehowa mununkum+ kata wɔn so awia.
35 Berɛ biara a wɔde Adaka no bɛsim akɔ no, Mose ka sɛ: “O Yehowa, sɔre,+ na ma w’atamfo mmɔ nhwete, na ma wɔn a wɔkyiri wo no nnwane mfiri w’anim.” 36 Na sɛ wɔsoɛ a, ɔka sɛ: “O Yehowa, san bra Israelfoɔ mpempem bebree+ no nkyɛn.”
11 Na ɔman no firii aseɛ nwiinwii wɔ Yehowa anim. Berɛ a Yehowa teeɛ no, ne bo fuu paa. Na egya a ɛfiri Yehowa hɔ firii aseɛ dɛree wɔ wɔn mu, na nnipa a ɛwɔ asoɛeɛ no ahyeɛ so no, egya no hyee bi. 2 Berɛ a ɔman no firii aseɛ su guu Mose so no, ɔpaa Yehowa kyɛw,+ na egya no dumii. 3 Wei nti wɔtoo hɔ din Tabera,* ɛfiri sɛ egya firi Yehowa hɔ bɛhyee wɔn.+
4 Firamanfiramanfoɔ*+ a na ɛka wɔn ho no kekaa sɛ wɔn kɔn adɔ nneɛma bi,+ na Israelfoɔ no nso firii aseɛ suu bio, na wɔkaa sɛ: “Hwan na ɔbɛma yɛn nam awe?+ 5 Aa, yɛakae nsuomnam a yɛwee no kwa wɔ Egypt no, ne kukumba ne wɔtamɛlɔn* ne gyeene ne galik!+ 6 Nanso seesei yɛn* mu nsuo atwe. Baabiara a wobɛfa biara, mana yi ara na wohunu.”+
7 Ná mana+ no te sɛ aba fitaa ketewa bi,+ na na ɛho te sɛ bedola aduhwam.* 8 Ná ɔman no pue kɔsesa, na na wɔyam wɔ boɔ so anaa wɔsi wɔ waduro mu. Wɔwie a, na wɔnoa wɔ dadesɛn mu anaa wɔde yɛ paanoo nkuruwankuruwa.+ Ná ne dɛ te sɛ keeki a wɔde ngo afa ho. 9 Sɛ ɛduru anadwo na bosuo tɔ gu asoɛeɛ hɔ a, na mana no nso atɔ agu hɔ.+
10 Na Mose tee sɛ abusua biara mu nnipa resu. Ná obiara resu wɔ ne ntomadan ano. Enti Yehowa bo fuu paa,+ na Mose nso, asɛm no yɛɛ no ya yie. 11 Ɛnna Mose bisaa Yehowa sɛ: “Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no nwonwoonwono saa? Na deɛn na mayɛ a ɛnsɔ w’ani a enti wode nnipa yi nyinaa adesoa ato me so yi?+ 12 Adɛn, me na menyinsɛn nnipa yi nyinaa? Anaa me na mewoo wɔn a enti wose, ‘Fa wɔn bɔ wo bo sɛdeɛ obi a ɔhwɛ abɔfra* ketewa yɛ no,’ na fa wɔn kɔ asaase a wokaa ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no so?+ 13 Ɛhe na mɛnya nam ama nnipa yi nyinaa? Da biara wɔsu gu me so sɛ, ‘Ma yɛn nam nwe!’ 14 Me nko ara mentumi nyɛ ɔman yi nyinaa ho adwuma; ɛboro me so.+ 15 Sɛ saa na wobɛyɛ me a, ɛnneɛ mepa wo kyɛw, ku me seesei ara.+ Sɛ manya w’anim adom a, mma m’ani nnhunu amanehunu biara bio.”
16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ Israel mpanimfoɔ no mu na boaboa mmarima 70 ano ma me, mmarima a wohunu sɛ* wɔyɛ ɔman no mu mpanimfoɔ ne atitire,+ na fa wɔn kɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wo ne wɔn nnyina hɔ. 17 Mɛsiane aba+ ne wo abɛkasa wɔ hɔ,+ na mɛyi honhom a ɛwɔ wo so no bi ama wɔn,+ na wɔbɛboa wo ama woasoa ɔman no adesoa, na wo nko ara woansoa.+ 18 Afei ka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Monte mo ho mma ɔkyena,+ na deɛ ɛbɛyɛ biara mobɛwe nam, ɛfiri sɛ moasu ama Yehowa ate,+ na moaka sɛ: “Hwan na ɔbɛma yɛn nam awe? Berɛ a yɛwɔ Egypt no, na ɛyɛ ma yɛn paa.”+ Deɛ ɛteɛ biara, Yehowa bɛma mo nam, na mobɛwe.+ 19 Morenwe no da koro, anaa nnanu, anaa nnanum, anaa dadu, anaa adaduonu, 20 na mmom mobɛwe no bosome mua akɔsi sɛ ɛbɛfiri mo hwenem apue na ayɛ mo tan,+ ɛfiri sɛ moapo Yehowa a ɔwɔ mo mu no, na moasu agu ne so sɛ: “Adɛn nti na yɛafiri Egypt aba ha yi?”’”+
21 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Nnipa a me ne wɔn wɔ ha yi yɛ mmarima 600,000+ a wɔnam fam, ɛnna wose, ‘Mɛma wɔn nam awe, na wɔbɛwe amee bosome mua’! 22 Sɛ wokum anantwie ne nnwan a ɛwɔ wiase nyinaa mpo a, ɛbɛso wɔn anaa? Na sɛ woyi ɛpo mu mpataa nyinaa mpo ma wɔn a, ɛbɛso wɔn anaa?”
23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Adɛn, Yehowa nsa yɛ tia anaa?+ Wo deɛ twɛn, na wobɛhunu sɛ deɛ maka no bɛba mu anaa ɛremma mu.”
24 Enti Mose kɔe, na ɔkɔkaa Yehowa asɛm no kyerɛɛ ɔman no. Na ɔyii mmarima 70 firii ɔman no mu mpanimfoɔ mu boaboaa wɔn ano, na ɔmaa wɔbɛgyinaa ntomadan no ho.+ 25 Na Yehowa siane bae wɔ mununkum mu+ ne no bɛkasae,+ na ɔyii honhom a ɛwɔ ne so no bi+ maa mpanimfoɔ 70 no mu biara. Na berɛ a honhom no baa wɔn so pɛ, wɔfirii aseɛ yɛɛ wɔn adeɛ sɛ adiyifoɔ;*+ nanso wɔanyɛ wɔn adeɛ saa bio.
26 Mmarima no mu mmienu kaa asoɛeɛ hɔ. Ɔbaako din de Eldad, na ɔbaako nso de Medad. Ná wɔnkɔɔ ntomadan no ho, nanso ɛsiane sɛ na wɔka wɔn a wɔtwerɛɛ wɔn din no ho nti, honhom no bi baa wɔn so. Enti wɔfirii aseɛ yɛɛ wɔn adeɛ sɛ adiyifoɔ wɔ asoɛeɛ hɔ. 27 Ɛbaa saa no, aberanteɛ bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose amanneɛ sɛ: “Eldad ne Medad reyɛ wɔn adeɛ sɛ adiyifoɔ wɔ asoɛeɛ hɔ!” 28 Ɛnna Nun ba Yosua+ a ɔfiri ne mmeranteberɛ mu asom Mose no kaa sɛ: “Me wura Mose, ma wɔnnyae!”+ 29 Na Mose bisaa no sɛ: “Adɛn, woretwe ninkunu ama me anaa? Daabi, menyaeɛ a anka Yehowa nkurɔfoɔ nyinaa yɛ adiyifoɔ, na Yehowa de ne honhom ama wɔn nyinaa!” 30 Akyire yi, Mose ne Israel mpanimfoɔ no kɔɔ asoɛeɛ hɔ.
31 Afei mframa bi bɔ firii Yehowa hɔ, na ɛfirii aseɛ piaa mmoko* firii po so maa wɔbaa asoɛeɛ no ho.+ Ná wɔdɔɔso wɔ asoɛeɛ no ho nyinaa ma wofa benkum oo, wofa nifa oo, gye sɛ wotwa bɛyɛ da koro kwan ansa na woatra wɔn. Wɔtu baa fam paa maa wɔne asaase ntam yɛɛ bɛyɛ basafa* mmienu. 32 Enti saa da no nyinaa ne anadwo no nyinaa, nkurɔfoɔ no anna; wɔboaboaa mmoko no ano. Na adeɛ kyeeɛ no, wɔkɔɔ so ara boaboaa ano da mu no nyinaa. Deɛ wamfa kɛse koraa no nyaa homar* du. Obiara hataa ne deɛ, na wɔhatahatae de twaa asoɛeɛ no ho nyinaa hyiae. 33 Nanso berɛ a nam no wɔ wɔn anom a wɔnnya nweeɛ no, Yehowa bo fuu nkurɔfoɔ no dendeenden, na Yehowa firii aseɛ kunkum nkurɔfoɔ no pii.+
34 Enti wɔtoo hɔ din Kibrot-Hatawa,*+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔsiee nnipa a wɔdii wɔn akɔnnɔ akyi no.+ 35 Afei ɔman no firii Kibrot-Hatawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot.+
12 Mose waree Kusni baa,+ na Kusni baa no nti, Miriam ne Aaron firii aseɛ kasa tiaa Mose. 2 Wɔkaa sɛ: “Adɛn, Mose nko ara na Yehowa nam ne so kasa? Yɛn deɛ, ɔmfa yɛn so nkasa bi anaa?”+ Ne nyinaa, na Yehowa retie.+ 3 Ná Mose yɛ ɔbarima a ɔdwo sene nnipa a wɔwɔ asaase so nyinaa.*+
4 Prɛko pɛ na Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron ne Miriam sɛ: “Mompue, mo mmiɛnsa nyinaa, monkɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho.” Enti wɔn mmiɛnsa pue kɔe. 5 Na Yehowa faa mununkum dum no mu siane bɛgyinaa ntomadan no ano,+ na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Na wɔn mmienu kɔe. 6 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mepa mo kyɛw, montie me. Sɛ Yehowa diyifoɔ bi wɔ mo mu a, anisoadehunu mu na mɛyi me ho adi akyerɛ no,+ na daeɛ mu na mɛkasa akyerɛ no.+ 7 Nanso ɛnyɛ saa na meyɛ m’akoa Mose! Mede me fie nyinaa ahyɛ ne nsa.*+ 8 Me ne no kasa animu ne animu*+ ma ɔte biribiara ase; menkasa nkyerɛ no akasabebuo mu.* Na Yehowa yi ne ho adi kyerɛ no. Enti adɛn na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?”
9 Enti Yehowa bo fuu wɔn dendeenden, na ɔgyaa wɔn hɔ kɔe. 10 Afei mununkum no firii ntomadan no so, na hwɛ! Miriam na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛmma yi.+ Ɛnna Aaron twaa n’ani hwɛɛ Miriam, na ɔhuu sɛ kwata ayɛ no.+ 11 Ɛhɔ ara na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw! Mma wɔmmfa bɔne yi ho asotwe mmma yɛn so. Yɛadi nkwaseasɛm! 12 Mepa wo kyɛw, mma ɔnnkɔ so nnyɛ sɛ obi a ɔfiri ne maame yafunu mu baeɛ no na wawu ama ne fã asɛe!” 13 Ɛnna Mose firii aseɛ su frɛɛ Yehowa sɛ: “O Onyankopɔn, mepa wo kyɛw, sa no yareɛ! Mepa wo kyɛw!”+
14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ ne papa na ɔtee ntasuo guu n’anim a, anka n’anim rengu ase nnanson anaa? Ma wɔnyi no mfiri asoɛeɛ hɔ nkɔ asoɛeɛ no akyi+ nnanson, na ɛno akyi no, mobɛtumi ama wɔasan de no aba hɔ.” 15 Enti wɔyii Miriam kɔɔ asoɛeɛ no akyi nnanson,+ na nkurɔfoɔ no antu amfiri asoɛeɛ hɔ kɔsii sɛ wɔde Miriam san baa hɔ. 16 Ɛno akyi no, ɔman no tu firii Haserot,+ na wɔfirii aseɛ kyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ Paran serɛ so.+
13 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Soma mmarima bi ma wɔnwia wɔn ho nkɔhwɛ sɛdeɛ Kaanan asaase no teɛ, asaase a mede rema Israelfoɔ no. Abusuakuo biara mu, monyi ɔbarima baako nsoma no, ɔbarima a ɔyɛ abusuapanin.”+
3 Enti Mose somaa wɔn firii Paran serɛ so+ sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no. Ná mmarima no nyinaa yɛ Israel mpanimfoɔ. 4 Wɔn din nie: Ruben abusuakuo mu, wɔyii Sakur ba Sammua. 5 Simeon abusuakuo mu, wɔyii Hori ba Safat; 6 Yuda abusuakuo mu, wɔyii Yefune ba Kaleb;+ 7 Isakar abusuakuo mu, wɔyii Yosef ba Yigal; 8 Efraim abusuakuo mu, wɔyii Nun ba Hosea;+ 9 Benyamin abusuakuo mu, wɔyii Rafu ba Palti; 10 Sebulon abusuakuo mu, wɔyii Sodi ba Gadiel; 11 Yosef abusuakuo mu,+ wɔyii Susi ba Gadi maa Manase abusuakuo;+ 12 Dan abusuakuo mu, wɔyii Gemali ba Amiel; 13 Aser abusuakuo mu, wɔyii Mikael ba Setur; 14 Naftali abusuakuo mu, wɔyii Wofsi ba Nabi; 15 Gad abusuakuo mu, wɔyii Maki ba Geuel. 16 Mmarima a Mose somaa wɔn maa wɔwiaa wɔn ho kɔhwɛɛ asaase no, wɔn din ne no. Na Mose too Nun ba Hosea din Yosua.*+
17 Berɛ a Mose resoma wɔn ama wɔakɔhwɛ sɛdeɛ Kaanan asaase no teɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momforo nkɔ Negeb na montoa so nkɔ bepɔ no so.+ 18 Monkɔhwɛ sɛdeɛ asaase no teɛ,+ na monhwɛ sɛ nnipa a wɔtete so no ho yɛ den anaasɛ wɔn ho nyɛ den, wɔsua anaa wɔdɔɔso. 19 Afei monhwɛ sɛ asaase no yɛ anaasɛ ɛnyɛ, na monhwɛ sɛ wɔtete ntomadan mu anaasɛ wɔtete nkuro a afasuo wɔ ho mu. 20 Afei nso, monhwɛ sɛ asaase no yɛ asaase pa* anaasɛ awu,*+ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so. Monnya akokoɔduro+ na momfa asaase no so nnɔbaeɛ no bi mmra.” Saa berɛ no, na bobe a ɛdi kan abere.+
21 Enti wɔforo kɔe, na wɔkɔhwɛɛ sɛdeɛ asaase no teɛ. Wɔfiri Sina serɛ so+ kɔɔ Rehob+ baabi a ɛbɛn Lebo-Hamat.*+ 22 Berɛ a wɔforo kɔɔ Negeb no, wɔkɔduruu Hebron.+ Ɛhɔ na na Ahiman, Sesai, ne Talmai+ a wɔyɛ Anakfoɔ+ no teɛ. Hebron kuro no, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Egypt no. 23 Berɛ a wɔbɛduruu Eskol Bɔn* ho no,+ wɔtwaa bobe nkorabata bi a bobe sia wɔ so. Wɔde hyɛɛ dua bi so, na mmarima no mmienu na ɛtumi soaeɛ; wɔde ɛhɔ granate akutuo* ne borɔdɔma aba no bi kaa ho.+ 24 Bobe sia a Israelfoɔ twaa wɔ hɔ nti, wɔtoo hɔ din Eskol* Bɔn.*+
25 Nnafua 40 akyi no,+ wɔfirii asaase a wɔkɔhwɛɛ so no so bae. 26 Enti wɔsan baa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa nkyɛn wɔ Paran serɛ so wɔ Kades.+ Wɔbɛkaa deɛ wɔhunuiɛ kyerɛɛ asafo no nyinaa, na wɔde asaase no so nnɔbaeɛ no kyerɛɛ wɔn. 27 Deɛ wɔka kyerɛɛ Mose nie: “Yɛkɔɔ asaase a wosomaa yɛn so no so, na ampa, nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so,+ na ɛso nnɔbaeɛ no bi nie.+ 28 Nanso wɔn a wɔte asaase no so no ho yɛ den, na wɔwɔ nkuro akɛseɛ a wɔabɔ ho ban. Yɛhuu Anakfoɔ no nso wɔ hɔ.+ 29 Amalekfoɔ+ no te Negeb+ asaase so, na Hitifoɔ ne Yebusifoɔ+ ne Amorifoɔ+ te bepɔ no so, ɛnna Kaananfoɔ+ nso te mpoano+ ne Yordan ho.”
30 Na Kaleb kasa kyerɛɛ ɔman no berɛ a wɔgyina Mose anim no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam. Ɔkaa sɛ: “Momma yɛmforo nkɔ seesei ara, na ɛkwan biara so yɛbɛdi wɔn so nkonim afa asaase no.”+ 31 Nanso mmarima a wɔne no foro kɔeɛ no kaa sɛ: “Yɛrentumi mforo nkɔ nkɔto nhyɛ nkurɔfoɔ no so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene yɛn.”+ 32 Na wɔkɔɔ so ara de asaase a wɔkɔhwɛeɛ no ho amanneɛ a ɛtu akoma+ bɔɔ Israelfoɔ no sɛ: “Asaase a yɛkɔfaa so hwɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ no yɛ asaase a ɛmene ɛsofoɔ, na nnipa a yɛhuu wɔn wɔ hɔ no nyinaa yɛ akantinka a yɛnhuu bi da.+ 33 Yɛhuu Nefilimfoɔ no nso wɔ hɔ, Anak mma+ a wɔfiri Nefilimfoɔ mu* no. Yɛyɛɛ sɛ mmɛbɛ wɔ wɔn ani so, na yɛn ankasa nso huu sɛ yɛayɛ sɛ mmɛbɛ.”
14 Na asafo no nyinaa maa wɔn nne so sui, na ɔman no kɔɔ so bɔɔ bena, na wɔsuu saa anadwo no nyinaa.+ 2 Na Israelfoɔ nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron,+ na asafo no nyinaa kasa tiaa wɔn sɛ: “Sɛ yɛwuwuu wɔ Egypt asaase so anaa yɛwuwuu wɔ serɛ yi so mpo a, anka ɛyɛ! 3 Adɛn nti na Yehowa de yɛn aba asaase yi so sɛ wɔmfa sekan nkunkum yɛn?+ Wɔbɛsoa yɛn yerenom ne yɛn mma akɔ.+ Sɛ yɛsan kɔ Egypt a, anka ɛnyɛ?”+ 4 Wɔkekaa mpo sɛ: “Momma yɛnyi obi nni yɛn anim na yɛnsan nkɔ Egypt!”+
5 Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israel asafo a wɔahyiam no nyinaa anim. 6 Na Nun ba Yosua+ ne Yefune ba Kaleb+ a wɔka wɔn a wɔwiaa wɔn ho kɔhwɛɛ asaase no ho no sunsuan wɔn ntaadeɛ mu. 7 Na wɔka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Asaase a yɛkɔfaa so hwɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ no yɛ asaase papa paa.+ 8 Sɛ Yehowa agye yɛn atom a, ɛnneɛ deɛ ɛteɛ biara ɔde yɛn bɛkɔ asaase yi so na ɔde ama yɛn, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no.+ 9 Enti monhwɛ na moante atua antia Yehowa, na monnsuro nnipa a wɔte asaase no so no,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ koko koraa ma yɛn.* Wɔnni ahobammɔ biara, na yɛn deɛ, Yehowa ka yɛn ho.+ Monnsuro wɔn.”
10 Nanso asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi wɔn aboɔ.+ Ɛnna Yehowa animuonyam daa adi wɔ ahyiaeɛ ntomadan no so maa Israelfoɔ no nyinaa hunuiɛ.+
11 Ɛnna Yehowa bisaa Mose sɛ: “Da bɛn koraa na ɔman yi de obuo bɛma me?+ Na nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔ wɔn mu yi nyinaa akyi no, da bɛn na wɔbɛgye me adi?+ 12 Ma memfa nsanyareɛ a ɛdi awuo mmra wɔn so na menhye wɔn ase, na memma wonyɛ ɔman kɛseɛ a ɛyɛ den sene wɔn.”+
13 Nanso Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Sɛ woyɛ saa a, Egyptfoɔ a wode wo tumi yii ɔman yi firii wɔn mu no bɛte,+ 14 na wɔbɛka ho asɛm akyerɛ nnipa a wɔte asaase yi so no. Wɔn nso ate sɛ wo Yehowa, wowɔ ɔman yi mu,+ na woayi wo ho adi akyerɛ wɔn animu ne animu.+ Wone Yehowa, na wo mununkum na ɛkata wɔn so. Na wodi wɔn anim awia wɔ mununkum dum mu, na anadwo nso, wodi wɔn anim wɔ egya dum mu.+ 15 Sɛ wokum nnipa yi nyinaa prɛko pɛ* a, aman a wɔate wo ho asɛm no bɛka sɛ: 16 ‘Yehowa antumi amfa ɔman yi ankɔ asaase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, enti wakunkum wɔn wɔ serɛ no so.’+ 17 Enti Yehowa, mepa wo kyɛw, ma wo tumi nyɛ kɛse, ɛfiri sɛ wohyɛɛ bɔ sɛ: 18 ‘Yehowa, deɛ ne bo mfu ntɛm, deɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+ deɛ ɔde mfomsoɔ ne mmarato ne bɔne kyɛ, nanso ɔmma deɛ odi fɔ mfa ne ho nni da. Ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom so.’+ 19 Mepa wo kyɛw, wo dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ no nti, fa ɔman yi bɔne kyɛ wɔn, sɛdeɛ wode wɔn bɔne akyɛ wɔn firi Egypt abɛsi nnɛ no.”+
20 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Deɛ woaka yi nti, mede wɔn bɔne akyɛ wɔn.+ 21 Nanso mete ase yi, Yehowa animuonyam bɛhyɛ asaase nyinaa ma.+ 22 Mmarima a wɔhuu m’animuonyam ne anwanwadeɛ ahodoɔ a meyɛɛ+ wɔ Egypt ne serɛ yi so, a ne nyinaa akyi wɔakɔ so asɔ me ahwɛ+ mprɛ du nie a wɔantie me no,+ wɔn mu baako mpo 23 renhunu asaase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no. Wɔn a wɔmmu me no, wɔn mu baako mpo nni hɔ a ɔbɛhunu.+ 24 Nanso ɛsiane sɛ m’akoa Kaleb+ da nso,* na wakɔ so de n’akoma nyinaa adi m’akyi nti, deɛ ɛteɛ biara mede no bɛkɔ asaase a ɔkɔhwɛɛ so no so, na ɛbɛyɛ n’asefoɔ dea.+ 25 Amalekfoɔ ne Kaananfoɔ+ tete ɛbɔn no mu,* enti ɔkyena monnane mo ho nkɔfa Ɛpo Kɔkɔɔ kwan no so nkɔ serɛ no so.”+
26 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 27 “Amumuyɛfoɔ asafo yi bɛnwiinwii atia me akɔsi da bɛn?+ Mate anwiinwii a Israelfoɔ renwiinwii tia me no.+ 28 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie, “Sɛ́ mete ase yi, deɛ moaka ama aduru m’asom no, saa ara na mede bɛyɛ mo!+ 29 Mo afunu bɛdeda serɛ yi so,+ aane, mo a wɔkan mo a moadi mfeɛ 20 rekɔ nyinaa, mo a monwiinwii tiaa me no nyinaa.+ 30 Mo mu biara nni hɔ a ɔbɛkɔ asaase a mekaa ntam* sɛ mɛma moatena so no so,+ gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+
31 “‘“Na mo mma a mokaa sɛ wɔbɛsoa wɔn akɔ no, mede wɔn nso bɛkɔ bi,+ na wɔbɛhunu asaase a moapo no.+ 32 Mo deɛ, mo afunu bɛdeda serɛ yi so. 33 Na mo mma bɛyɛ nnwanhwɛfoɔ wɔ serɛ no so mfeɛ 40,+ na nokorɛ a moanni* no, wɔbɛtua ho ka akɔsi sɛ mo mu deɛ ɔtwa toɔ bɛwu atɔ serɛ yi so.+ 34 Nna a mode kɔhwɛɛ asaase no yɛ nnafua 40,+ enti mfeɛ 40 na mode bɛsoa mo bɔne.+ Da koro biara bɛyɛ afe, na po a mopoo me no,* mobɛhunu ne nsunsuansoɔ.
35 “‘“Me, Yehowa, makasa. Na amumuyɛfoɔ asafo yi nyinaa, wɔn a wɔaka abom asɔre atia me no, deɛ mɛyɛ wɔn nie: Serɛ yi so na wɔn awieeɛ bɛba, na ɛha na wɔbɛwuwu.+ 36 Na mmarima a Mose somaa wɔn kɔhwɛɛ asaase no, a wɔde asaase no ho amanneɛbɔ a ɛtu akoma baeɛ maa asafo no nyinaa nwiinwii tiaa no no,+ 37 aane, mmarima a wɔde asaase no ho amanneɛbɔ a ɛtu akoma baeɛ no, mɛtwe wɔn aso, na wɔbɛwuwu wɔ Yehowa anim.+ 38 Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔka nkurɔfoɔ a wɔkɔhwɛɛ asaase no ho no deɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara wɔbɛkɔ so atena ase.”’”+
39 Berɛ a Mose kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa no, ɔman no firii aseɛ dii awerɛhoɔ yie. 40 Afei wɔsɔree anɔpatutuutu sɛ wɔreforo akɔ bepɔ no apampam, na wɔkaa sɛ: “Yɛayɛ krado sɛ yɛbɛforo akɔ baabi a Yehowa kaa ho asɛm no, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne.”+ 41 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Adɛn nti na morebu Yehowa asɛm so? Ɛrensi mo yie. 42 Monhwɛ na moamforo ankɔ, ɛfiri sɛ Yehowa nka mo ho; anyɛ saa a, mobɛdi nkoguo wɔ mo atamfo anim.+ 43 Hwɛ, Amalekfoɔ ne Kaananfoɔ wɔ hɔ,+ na wɔne mo bɛko, na wɔde sekan bɛkunkum mo. Ɛsiane sɛ moafiri Yehowa akyi nti, Yehowa nso renni mo akyi bio.”+
44 Nanso wɔyɛɛ asoɔden, na wɔforo kɔɔ bepɔ no apampam,+ na Yehowa apam adaka no ne Mose amfiri asoɛeɛ no mfimfini ankɔ.+ 45 Na Amalekfoɔ ne Kaananfoɔ a wɔtete saa bepɔ no so no siane bɛto hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn, na wɔbɔɔ wɔn a wɔaka no hwete kɔɔ Horma tɔnn.+
15 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ moduru asaase a mede ama mo sɛ monkɔtena so no so,+ 3 na mode nantwie anaa odwan bɔ afɔreɛ a wɔde egya hye ma Yehowa a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ oo,+ bɔhyɛ titire ho afɔreɛ oo, ayamyɛ afɔreɛ oo,+ afɔreɛ a morebɔ no afahyɛ berɛ+ oo, sɛ mopɛ sɛ ɛyɛ hwam* ma Yehowa a,+ 4 ɛsɛ sɛ deɛ ɔrebɛbɔ afɔreɛ no de ngo hin* nkyɛmu nnan mu baako fra esiam muhumuhu+ efa nkyɛmu du mu baako* na ɔde bɔ aduane afɔreɛ nso ma Yehowa. 5 Afei nso, momfa nsã* hin nkyɛmu nnan mu baako mmɔ nsã afɔreɛ nka ɔhyeɛ afɔreɛ anaa odwennini kumaa afɔreɛ biara ho.+ 6 Na sɛ odwennini na mode reba a, momfa ngo hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mfra esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmienu, na momfa mmɛbɔ aduane afɔreɛ. 7 Na momfa nsã* hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmɛbɔ nsã afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa.
8 “‘Nanso sɛ mode nantwinini rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ anaa bɔhyɛ titire afɔreɛ+ anaa asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa a,+ 9 momfa ngo hin fã mfra esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho mmɛbɔ aduane afɔreɛ.+ 10 Afei nso, momfa nsã* hin fã mmɛbɔ nsã afɔreɛ,+ momfa mmɛbɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye mma Yehowa. 11 Berɛ biara a mode nantwinini anaa odwennini anaa odwennini kumaa anaa apɔnkye bɛba no, saa na ɛsɛ sɛ moyɛ. 12 Mmoa dodoɔ biara a mode bɛba abɛbɔ afɔreɛ no, saa na monyɛ emu biara, sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ. 13 Obiara a wɔwoo no Israelni no, sɛ ɔrebɛbɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ama Yehowa a, saa na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no.
14 “‘Sɛ ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mo mu, anaa watena mo mu mo awoɔ ntoatoasoɔ pii mu, na ɔpɛ sɛ ɔbɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ma Yehowa a, sɛdeɛ moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.+ 15 Ahyɛdeɛ baako na ɛwɔ hɔ ma asafo no ne ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu no nyinaa. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɔhɔhoɔ ne mo nyinaa bɛyɛ pɛ wɔ Yehowa anim.+ 16 Mmara baako ne atemmusɛm baako na ɛwɔ hɔ ma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu no nyinaa.’”
17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ moduru asaase a mede mo rekɔ so no so, 19 na modi asaase no so aduane* biara a,+ monyi ntoboa mma Yehowa. 20 Momfa esiam a ɛfiri mo aba a ɛdi kan mu no nto paanoo a ɛte sɛ kawa mmɛyi ntoboa.+ Sɛdeɛ mode ayuporobea ntoboa ba no, saa ara na momfa wei nso mmra. 21 Momfa esiam a ɛfiri mo aba a ɛdi kan mu no bi nyɛ ntoboa mma Yehowa, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
22 “‘Na sɛ modi mfomsoɔ, na moanni mmara a Yehowa de maa Mose yi nyinaa so, 23 kyerɛ sɛ, mmara a Yehowa nam Mose so de maa mo, a ɛyɛɛ adwuma firii da a Yehowa de maa mo, a ɛbɛkɔ so ayɛ adwuma akɔsi mo awoɔ ntoatoasoɔ so no, 24 na sɛ ɛnyɛ boapayɛ, na asafo no nnim ho hwee a, ɛnneɛ asafo no nyinaa mfa nantwinini kumaa baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa, na wɔmfa ɛho aduane afɔreɛ ne nsã afɔreɛ nka ho sɛdeɛ wɔyɛ no daa no,+ na wɔmfa apɔnkye ba baako nso mmɔ bɔne ho afɔreɛ.+ 25 Na ɔsɔfoɔ no mpata mma Israel asafo no nyinaa bɔne, na wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn,+ ɛfiri sɛ na ɛnyɛ boapayɛ. Afei nso, wɔbɔɔ afɔreɛ a wɔde egya hye maa Yehowa, na wɔbɔɔ wɔn bɔne ho afɔreɛ wɔ Yehowa anim ɛsiane wɔn mfomsoɔ no nti. 26 Wɔde bɛkyɛ Israel asafo no nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔabɛtena wɔn mu no, ɛfiri sɛ ɛyɛ mfomsoɔ a ɔman no nyinaa diiɛ.
27 “‘Sɛ onipa* bi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɔmfa apɔnkyebedeɛ a wadi bɛyɛ afe mmɛbɔ bɔne ho afɔreɛ.+ 28 Ɔsɔfoɔ no mpata mma onipa* a wanhyɛ da a ɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa anim no. Ɔmpata mma ne bɔne no, na wɔde bɛkyɛ no.+ 29 Sɛ obi a wɔwoo no Israelni anaa ɔhɔhoɔ a wabɛtena wɔn mu no anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, mmara koro na ɛwɔ hɔ ma wɔn nyinaa.+
30 “‘Nanso sɛ onipa* bi hyɛ da yɛ bɔne a,+ watwa Yehowa adapaa. Enti sɛ wɔwoo no Israelni oo, sɛ ɔyɛ ɔhɔhoɔ oo, wɔnku* no mfiri ne man mu. 31 Ɛsiane sɛ saa onipa* no abu Yehowa asɛm animtia na wabu n’ahyɛdeɛ so nti, sɛdeɛ ɛteɛ biara monku no.*+ Ɔno ara bɛsoa ne bɔne.’”+
32 Berɛ a Israelfoɔ no wɔ serɛ so no, wɔhuu ɔbarima bi sɛ ɔresesa anyina Homeda.+ 33 Wɔn a wɔhuu sɛ ɔresesa anyina no de no baa Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa anim. 34 Na wɔde no too dan mu,+ ɛfiri sɛ na wɔnkyerɛɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔde yɛ no.
35 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔnku ɔbarima no;+ ɛsɛ sɛ asafo no nyinaa si no aboɔ wɔ asoɛeɛ no akyi.”+ 36 Enti asafo no nyinaa de no kɔɔ asoɛeɛ no akyi, na wɔsii no aboɔ kum no, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
37 Yehowa toaa so kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose sɛ: 38 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, wɔne wɔn nkyirimma* nyinaa nnwene mmɛsa wɔ wɔn ntaadeɛ ano, na wɔmfa ahoma bruu nto mmɛsa no so.+ 39 ‘Monnwene mmɛsa no wɔ mo ntaadeɛ ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu na akae mo Yehowa ahyɛdeɛ nyinaa na moadi so.+ Ɛnsɛ sɛ modi mo ankasa mo akoma ne mo aniwa akyi. Ɛno na modi akyire a ɛmma monni me nokorɛ no.*+ 40 Wei bɛma moakae m’ahyɛdeɛ nyinaa na moadi so, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn.+ 41 Mene Yehowa mo Nyankopɔn, me na meyii mo firii Egypt asaase so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛ mene mo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+
16 Na Kora+ a ɔyɛ Lewi+ ba Kohat+ ba Yisar+ ba no sɔre gyinae, ɔne Eliab+ mma Datan ne Abiram, ne Pelet ba On a wɔfiri Ruben+ abusuakuo mu no. 2 Wɔne Israelfoɔ mmarima a wɔyɛ badwa no mu mpanimfoɔ, mmarima 250 a wɔayi wɔn wɔ asafo no mu a wɔwɔ din sɔre tiaa Mose. 3 Wɔboaa wɔn ano kɔɔ Mose ne Aaron so,+ na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛabrɛ mo! Asafo yi nyinaa nso yɛ nnipa kronkron,+ obiara yɛ kronkron, na Yehowa wɔ wɔn mu.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ moma mo ho so wɔ Yehowa asafo so saa?”
4 Berɛ a Mose tee saa no, ɛhɔ ara na ɔde n’anim butuu fam. 5 Afei ɔka kyerɛɛ Kora ne n’akyitaafoɔ no nyinaa sɛ: “Ɔkyena anɔpa Yehowa bɛkyerɛ deɛ ɔyɛ ne dea,+ ne deɛ ɔyɛ kronkron, ne deɛ ɛsɛ sɛ ɔba n’anim,+ na deɛ ɔbɛyi no no,+ ɔno na ɔbɛba n’anim. 6 Deɛ monyɛ nie: Kora, wo ne w’akyitaafoɔ nyinaa,+ momfa kyɛnsee a wɔde egya gu mu,+ 7 na momfa egya ngu mu, na momfa aduhwam ngu so, na momfa mmra Yehowa anim ɔkyena, na deɛ Yehowa bɛyi no no,+ ɔno na ɔyɛ kronkron. Afei deɛ, aboro so, Lewi mma!”+
8 Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: “Lewi mma, mepa mo kyɛw, montie. 9 Mohwɛ a ɛyɛ ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no ayi mo afiri Israel asafo mu+ sɛ mommra n’anim mmɛyɛ adwuma wɔ Yehowa som ntomadan mu na monnyina asafo no anim nsom wɔn?+ 10 Ɛyɛ ade ketewa sɛ wama wo ne wo nuanom Lewifoɔ no abɛn no? Ɛnna wei nyinaa akyi, moresan apɛ asɔfodie no?+ 11 Ɛno nti, wo ne w’akyitaafoɔ a moaboa mo ano no nyinaa asɔre atia Yehowa. Aaron deɛ, deɛn na wayɛ a enti monwiinwii tia no?”+
12 Akyire yi, Mose soma kɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram+ sɛ wɔmmra, nanso wɔkaa sɛ: “Yɛremma baabiara! 13 Woayi yɛn afiri asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ serɛ so.+ Wohwɛ a ɛyɛ ade ketewa? Afei deɛ, wopɛ sɛ wode yɛn yɛ nkoa na wodi yɛn so woahu?* 14 Yɛreka yi koraa, womfaa yɛn mmaa asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so+ biara so, na wommaa yɛn asaase ne bobefuo* agyapadeɛ biara. Adɛn, wopɛ sɛ wotutu mmarima no ani anaa? Yɛremma baabiara!”
15 Enti Mose bo fuu paa, na ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ntwa w’ani nhwɛ wɔn aduane afɔreɛ. Mennyee afunumu baako mpo mfirii wɔn hɔ, na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne nso.”+
16 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: “Wo ne w’akyitaafoɔ nyinaa mmra Yehowa anim ɔkyena, wo ne wɔn ne Aaron. 17 Obiara mfa ne kyɛnsee a wɔde egya gu mu na ɔmfa aduhwam ngu so, na obiara mfa ne kyɛnsee a wɔde egya gu mu no mmra Yehowa anim, kyɛnsee a wɔde egya gu mu 250. Na wo ne Aaron nso, obiara mfa ne kyɛnsee a wɔde egya gu mu mmra.” 18 Enti obiara faa ne kyɛnsee a wɔde egya gu mu, na wɔde egya ne aduhwam guu mu, na wɔbɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no ano, wɔne Mose ne Aaron. 19 Berɛ a Kora boaa n’akyitaafoɔ+ ano kɔɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no, Yehowa animuonyam daa adi maa asafo no nyinaa hunui.+
20 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 21 “Montwe mo ho mfiri saa nkurɔfoɔ yi ho, na menhye wɔn ase seesei ara.”+ 22 Berɛ a wɔtee saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔkaa sɛ: “O, Onyankopɔn, Onyankopɔn a woma nnipa nyinaa nkwa,*+ onipa baako bɔne nti, wobɛma w’abufuo aba asafo yi nyinaa so anaa?”+
23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24 “Wo ne asafo no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfiri Kora ne Datan ne Abiram+ ntomadan ho!’”
25 Ɛnna Mose sɔreeɛ, na ɔkɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn, na Israel mpanimfoɔ no+ ne no kɔe. 26 Na ɔka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Mepa mo kyɛw, montwe mo ho mfiri nnipa abɔnefoɔ yi ntomadan ho. Mommfa mo nsa nnka wɔn biribiara, na wɔn bɔne no nti wɔampra mo ankɔ.” 27 Na ntɛm ara na wɔtwee wɔn ho firii Kora ne Datan ne Abiram ntomadan no ho baabiara. Na Datan ne Abiram pue bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan ano, wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma nketewa nyinaa.
28 Afei Mose kaa sɛ: “Wei na ɛbɛma moahunu sɛ Yehowa na asoma me sɛ menyɛ weinom nyinaa, na ɛnyɛ me ara:* 29 Sɛ nnipa yi wu* sɛdeɛ nnipa nyinaa wu, na sɛ asotwe a ɛbɛba wɔn so no yɛ deɛ ɛba nnipa nyinaa so no bi a, ɛnneɛ na ɛnyɛ Yehowa na asoma me.+ 30 Na sɛ Yehowa ma biribi a ɛyɛ nwanwa ba wɔn so, na asaase mu bue,* na ɛmene wɔne deɛ wɔwɔ nyinaa ma wɔkɔ Adamena* mu anikan a, ɛhɔ na mobɛhunu sɛ ampa, nnipa yi ayɛ aniammɔnho akyerɛ Yehowa.”
31 Berɛ a ɔkaa asɛm yi nyinaa wiee pɛ na asaase a wɔgyina so no mu paeeɛ.+ 32 Na asaase no mu buei,* na ɛmenee wɔne wɔn fiefoɔ ne Kora ho nipa biara+ ne wɔn agyapadeɛ nyinaa. 33 Enti wɔne wɔn a ɛka wɔn ho nyinaa siane kɔɔ Adamena* mu animono, na asaase kataa wɔn so maa wɔyera firii asafo no mu.+ 34 Berɛ a wɔreteateam no, Israelfoɔ a ɛbɛn wɔn no nyinaa dwane firii hɔ, na wɔkaa sɛ: “Yɛsuro sɛ anhwɛ a na asaase amene yɛn nso!” 35 Ɛnna egya firi Yehowa hɔ baeɛ,+ na ɛhyee mmarima 250 a na wɔkurakura aduhwam no.+
36 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 37 “Ka kyerɛ ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar sɛ ɔnyiyi nkyɛnsee a wɔde egya gu mu no+ mfiri egya no mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. Afei nso, ka kyerɛ no sɛ ɔmpiapia egya no mfiri ho nkɔ akyiri. 38 Ma wɔmfa nkyɛnsee a wɔde egya gu mu a na ɛkurakura nnipa a wɔyɛɛ bɔne* maa wɔwuwuiɛ no, na wɔnyɛ no ntraantraa mfa nkata afɔrebukyia no ho.+ Ɛsiane sɛ wɔde baa Yehowa anim nti, abɛyɛ ade kronkron. Ma ɛnyɛ sɛnkyerɛnne mma Israelfoɔ no.”+ 39 Enti ɔsɔfoɔ Eleasar faa kɔbere nkyɛnsee a wɔde egya gu mu no, deɛ nnipa a wɔhyeeɛ no de baeɛ no, na ɔbobɔɔ so de kataa afɔrebukyia no ho, 40 sɛdeɛ na Yehowa nam Mose so aka akyerɛ no no. Ɛyɛ biribi a na ɛbɛkae Israelfoɔ no sɛ, ɛnsɛ sɛ obi a wɔmmaa no kwan,* kyerɛ sɛ, obi a ɔmfiri Aaron abusua mu hye aduhwam wɔ Yehowa anim.+ Afei nso, na ɛbɛkae wɔn na obiara anyɛ sɛ Kora ne n’akyitaafoɔ no.+
41 Nanso adeɛ kyeeɛ ara na Israel asafo no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron+ sɛ: “Mo mmienu na moakum Yehowa nkurɔfoɔ.” 42 Berɛ a asafo no boaa wɔn ano baa Mose ne Aaron so no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no. Na hwɛ! na mununkum no akata so, na Yehowa animuonyam firii aseɛ daa adi.+
43 Afei Mose ne Aaron bɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no anim.+ 44 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 45 “Montwe mo ho mfiri asafo yi ho na menhye wɔn ase seesei ara.”+ Ɛnna wɔde wɔn anim butubutuu fam.+ 46 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Fa kyɛnsee a wɔde egya gu mu no, na yi afɔrebukyia no so gya no+ bi gu mu na fa aduhwam gu so, na yɛ ntɛm kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn,+ ɛfiri sɛ Yehowa bo afu. Ɔhaw no afiri aseɛ!” 47 Ɛhɔ ara na Aaron kɔfaa kyɛnsee a wɔde egya gu mu no, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu mmirika kɔɔ asafo no mu. Na hwɛ! na ɔhaw no afiri aseɛ dada. Enti ɔde aduhwam no guu kyɛnsee no mu hye de pata maa ɔman no. 48 Na ɔgyinaa wɔn a wɔawuo ne wɔn a wɔnwuiɛ no ntam, na afei deɛ, ɔhaw no gyaee. 49 Nnipa a ɔhaw a ɛbaeɛ no kunkum wɔn no nyinaa yɛ 14,700. Wɔn a Kora asɛm no nti wɔwuwuiɛ no nka ho. 50 Berɛ a Aaron san baa Mose nkyɛn wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no, na ɔhaw no agyae.
17 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Israelfoɔ no nkasa, na gye poma baako firi wɔn agyanom abusuafie biara mu.+ Gye firi ɔpanin a ɔwɔ agyanom abusuafie biara mu no hɔ. Ne nyinaa bɛyɛ mpoma 12. Twerɛ obiara din wɔ ne poma ho. 3 Twerɛ Aaron din wɔ Lewifoɔ poma ho, ɛfiri sɛ abusuapanin biara de poma baako bɛba ama n’agyanom abusuafie. 4 Fa mpoma no nyinaa kɔgu ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ Adanseɛ Adaka no+ anim, baabi a metaa yi me ho adi kyerɛ mo no.+ 5 Na onipa a mɛyi no no,+ ɔno na ne poma bɛfefɛ, na anwiinwii a Israelfoɔ nwiinwii tia me,+ ne deɛ wɔnwiinwii tia mo no,+ mɛma agyae.”
6 Enti Mose ne Israelfoɔ no kasae, na wɔn mpanimfoɔ no nyinaa de wɔn mpoma maa no. Ɔpanin a ɔwɔ agyanom abusuafie biara mu de poma baako bae, na ne nyinaa yɛɛ mpoma 12. Ná Aaron poma ka wɔn mpoma no ho. 7 Ɛnna Mose de mpoma no bɛguu Adanseɛ ntomadan no mu wɔ Yehowa anim.
8 Na adeɛ kyeeɛ a Mose kɔɔ Adanseɛ ntomadan no mu no, hwɛ! na Aaron poma a ɛyɛ Lewi fie deɛ no afefɛ agu nhwiren, na na aso aborɔfo nkateɛ ama abere. 9 Na Mose de mpoma no nyinaa pue firii Yehowa anim brɛɛ Israelfoɔ no nyinaa. Wɔhwɛɛ mpoma no, na ɔbarima biara yii ne deɛ.
10 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “San fa Aaron poma no+ kɔto Adanseɛ Adaka no anim, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne+ mma atuatefoɔ no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgyae anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no, na wɔanwuwu.” 11 Ntɛm ara na Mose yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no. Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
12 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wei deɛ, yɛbɛwuwu, deɛ ɛteɛ biara yɛbɛsɛe; yɛn nyinaa bɛsɛe! 13 Obiara a ɔbɛbɛn Yehowa som ntomadan no mpo bɛwu!+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu saa?”+
18 Na Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Biribiara a obi bɛyɛ atia tenabea kronkron no, wo ne wo mma ne w’agyanom abusuafie a wɔka wo ho no na ɛho asodie da mo so,*+ na biribiara a obi bɛyɛ atia w’asɔfodie no, wo ne wo mma a wɔka wo ho no na ɛho asodie da mo so.+ 2 Afei nso, fa wo nuanom, Lewi abusuakuo, w’abusuakuo no bra, na wɔmmɛka wo ho, na wɔmmoa wo+ ne wo mma wɔ Adanseɛ ntomadan+ no anim. 3 Adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wo, ne adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ntomadan no ho nyinaa wɔnyɛ.+ Nanso kronkronbea hɔ nneɛma anaa afɔrebukyia no deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔbɛn ho, na wɔne mo nyinaa anwuwu.+ 4 Wɔnka wo ho na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan hɔ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa, ne ntomadan no ho adwuma foforɔ biara, na ɛnsɛ sɛ onipa biara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔyɛ bi* no bɛn mo.+ 5 Monhwɛ nyɛ adwuma a wɔde ama mo wɔ kronkronbea hɔ+ ne afɔrebukyia no ho no,+ na abufuo biara amma Israelfoɔ no so bio.+ 6 Me ara na mayi mo nuanom Lewifoɔ afiri Israelfoɔ mu de wɔn akyɛ mo.+ Wɔde wɔn ama Yehowa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma.+ 7 Asɔfodwuma a moyɛ wɔ afɔrebukyia no ho ne deɛ ɛwɔ ntwamutam no akyi no, wo ne wo mma na ɛhyɛ mo nsa;+ mo na ɛsɛ sɛ moyɛ saa nnwuma no.+ Mede asɔfodie adwuma no akyɛ mo. Onipa biara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* a ɔbɛbɛn ho no, monku no.”+
8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nneɛma a nkurɔfoɔ de brɛ me no, me ara mede hyɛ wo nsa.+ Nneɛma kronkron a Israelfoɔ de brɛ me nyinaa, mede bi ama wo ne wo mma, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+ 9 Afɔreɛ kronkron paa a wɔde egya hye a ɛbɛyɛ mo kyɛfa nie: Afɔreɛ biara a ɔman no bɛbɔ ama me, te sɛ wɔn aduane afɔreɛ,+ wɔn bɔne ho afɔreɛ,+ ne wɔn afɔdie afɔreɛ.+ Ɛyɛ ade kronkron paa ma wo ne wo mma. 10 Monni wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron paa.+ Ɔbarima biara bɛtumi adi bi. Ɛbɛyɛ ade kronkron ama wo.+ 11 Weinom nso yɛ mo dea: Akyɛdeɛ a wɔde ba,+ ne Israelfoɔ ohim afɔreɛ+ nyinaa. Mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wɔka wo ho no sɛ mo kyɛfa daa.+ Obiara a ne ho te wɔ wo fie bɛtumi adi bi.+
12 “Ngo a ɛyɛ paa no nyinaa, ne bobesa foforɔ a ɛyɛ paa ne hwiit* a ɛyɛ paa no nyinaa, wɔn aba a ɛdi kan+ a wɔde bɛbrɛ Yehowa no, mede ama wo.+ 13 Wɔn asaase so nnɔbaeɛ aba a ɛbɛdi kan abere nyinaa, deɛ wɔde bɛbrɛ Yehowa no, ɛbɛyɛ wo dea.+ Obiara a ne ho te wɔ wo fie bɛtumi adi bi.
14 “Biribiara a wɔahyira so* wɔ Israel no bɛyɛ wo dea.+
15 “Biribiara a nkwa wom* abakan+ a wɔde bɛbrɛ Yehowa no, onipa oo, aboa oo, ɛbɛyɛ wo dea. Nanso nnipa mmakan deɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara, tua sika gye wɔn.+ Mmoa a wɔn ho nte mmakan nso, tua sika gye wɔn.+ 16 Wɔn a wɔadi bosome baako rekɔ no, tua nnwetɛbena nnum* a wɔatwa ato hɔ no fa gye wɔn,+ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* Dwetɛbena baako biara yɛ gerah* 20. 17 Nanso nantwinini a ɔyɛ abakan anaa odwennini kumaa a ɔyɛ abakan anaa apɔnkye a ɔyɛ abakan deɛ, ntua sika nnye wɔn.+ Wɔyɛ kronkron. Fa wɔn mogya petepete afɔrebukyia no so,+ na fa egya hye wɔn sradeɛ ma ɛnyɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa.+ 18 Na wɔn nam no bɛyɛ wo dea. Sɛdeɛ ne koko a wɔde bɔ ohim afɔreɛ ne ne nan nifa yɛ wo dea no, saa ara na ɛnam no nso yɛ wo dea.+ 19 Ntoboa kronkron a Israelfoɔ de bɛbrɛ Yehowa nyinaa,+ mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+ Ɛyɛ nkyene apam* a ɛwɔ hɔ daa wɔ Yehowa anim ma wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho no.”
20 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Worennya agyapadeɛ wɔ wɔn asaase so, na worennya asaase biara wɔ wɔn mu.+ Mene wo kyɛfa ne w’agyapadeɛ wɔ Israelfoɔ mu.+
21 “Hwɛ, Lewifoɔ no deɛ, adwuma a wɔyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho nti, mede Israel biribiara mu nkyɛmu du mu baako+ ama wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ. 22 Israelfoɔ no mmma ahyiaeɛ ntomadan no ho bio. Wɔba hɔ a, wɔayɛ bɔne na wɔbɛwuwu. 23 Lewifoɔ no na wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma, na bɔne biara a ɔman no bɛyɛ no, wɔn na ɛho asodie da wɔn so.+ Ɛyɛ ahyɛdeɛ daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔnya agyapadeɛ biara wɔ Israelfoɔ mu.+ 24 Ɛfiri sɛ nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a Israelfoɔ de yi ntoboa, deɛ wɔde yi ntoboa ma Yehowa no, mede ama Lewifoɔ no sɛ wɔn agyapadeɛ. Ɛno nti na maka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wɔnya agyapadeɛ biara wɔ Israelfoɔ mu’ no.”+
25 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26 “Ka kyerɛ Lewifoɔ no sɛ, ‘Israelfoɔ no de wɔn nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapadeɛ.+ Na mo nso, monkyɛ deɛ mo nsa bɛka no mu du, na momfa baako nyi ntoboa mma Yehowa.+ 27 Wɔbɛbu no sɛ mo ntoboa, te sɛ hwiit* a ɛfiri ayuporobea,+ anaa nsã* pii a ɛfiri amena a wɔkyĩ nsã wom mu, anaa ngo bebree a ɛfiri baabi a wɔkyĩ ngo. 28 Ɛbɛma mo nso moayi ntoboa ama Yehowa afiri Israelfoɔ nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a mobɛnya no nyinaa mu. Ɛno mu na monyi ntoboa mma Yehowa na ɛnkɔ ɔsɔfoɔ Aaron hɔ. 29 Ade kronkron biara a wɔde kyɛ mo no, emu deɛ ɛyɛ papa paa no, ɛno na sɛ moreyi ntoboa biara ama Yehowa a, momfa nyi.’+
30 “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mode deɛ ɛyɛ papa paa no yi ntoboa a, deɛ aka no bɛyɛ mo, Lewifoɔ no dea. Ɛbɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri mo ankasa amena a mokyĩ nsã wom mu, anaa ngo a ɛfiri baabi a mo ara mokyĩ ngo. 31 Mo ne mo fiefoɔ bɛtumi adi wɔ baabiara, ɛfiri sɛ adwuma a moyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho no, ɛyɛ ho akatua.+ 32 Sɛ mode deɛ ɛyɛ papa paa no yi ntoboa deɛ a, ɛnneɛ bɔne ho afɔdie biara remma mo so. Monhwɛ na moangu Israelfoɔ nneɛma kronkron no ho fĩ, anyɛ saa a mobɛwu.’”+
19 Na Yehowa san ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Mmara a ɛfiri Yehowa hɔ no mu ahyɛdeɛ baako nie, ‘Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, wɔmfa nantwie kɔkɔɔ a ɔte apɔ a dɛm biara nni ne ho+ a wɔmfaa kɔndua ntoo ne kɔn mu da mmrɛ wo. 3 Momfa no mma ɔsɔfoɔ Eleasar, na ɔmfa no nkɔ asoɛeɛ no akyi, na wɔnku no wɔ n’anim. 4 Na ɔsɔfoɔ Eleasar mfa ne nsateaa nka ne mogya no bi, na ɔmpete mogya no mprɛ nson wɔ baabi a ɛde rekɔ ahyiaeɛ ntomadan no anim hɔ no.+ 5 Afei wɔnhye nantwie no wɔ n’anim. Ne nwoma, ne nam, ne mogya, ne ne bini nyinaa, wɔnhye.+ 6 Na ɔsɔfoɔ no mfa sida dua ne sommɛ*+ ne koogyan na ɔnto ngu egya a wɔde rehye nantwie no mu. 7 Afei ɔsɔfoɔ no nsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo nnware,* na ɔwie a, ɔbɛtumi aba asoɛeɛ hɔ. Nanso ɔsɔfoɔ no ho rente kɔsi anwummerɛ.
8 “‘Na deɛ ɔbɛhye nantwie no nsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo nnware,* nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ.
9 “‘Ɔbarima a ne ho teɛ nsesa nantwie no nsõ no,+ na ɔmfa nkɔgu baabi a ɛhɔ teɛ wɔ asoɛeɛ no akyi. Israel asafo no mfa nsie, na wɔmfa mfra nsuo a wɔde bɛte wɔn ho no.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 10 Na deɛ ɔbɛsesa nantwie no nsõ no nsi ne ntaadeɛ, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ.
“‘Wei yɛ ahyɛdeɛ a Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn no bɛdi so daa.+ 11 Obiara a ne ho bɛka onipa a wawu* no, ne ho rente nnanson.+ 12 Ɛsɛ sɛ saa onipa no de nsuo no dwira ne ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na da a ɛtɔ so nson no ne ho bɛte. Na sɛ wannwira ne ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛnneɛ da a ɛtɔ so nson no ne ho rente. 13 Sɛ obi ho ka onipa a wawu,* na wannwira ne ho a, wagu Yehowa som ntomadan ho fĩ,+ na ɛsɛ sɛ wɔku* saa onipa* no firi Israel.+ Ɛsiane sɛ wɔmfaa ahodwira nsuo+ no mpetee ne ho nti, ne ho nte. Ɔda so ara wɔ ne fĩ mu.
14 “‘Sɛ obi wu wɔ ntomadan mu a, ɛho mmara nie: Obiara a ɔbɛba ntomadan no mu ne obiara a na ɔwɔ ntomadan no mu dada no, ne ho rente nnanson. 15 Adeɛ biara a ano da hɔ a wɔmfaa ne mmuasoɔ nkataa ano nkyekyereeɛ no, ɛho rente.+ 16 Sɛ obi wɔ wuram na ɔde ne ho ka obi a wɔde sekan aku no, anaa efunu, anaa onipa dompe, anaa ɛda bi a, ne ho rente nnanson.+ 17 Ɛba saa a, wɔmfa nsõ a wɔsesa firii baabi a wɔhyee aboa no de bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no bi, na wɔmfa ngu adeɛ mu, na wɔnhwie asutene mu nsuo ngu so mma deɛ ne ho agu fĩ no. 18 Afei ɔbarima a ne ho teɛ+ mfa sommɛ+ mmɔ nsuo no mu na ɔmfa mpete ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa ne nnipa* a na ɛwɔ hɔ no so. Na deɛ ne ho aka dompe anaa ɔde ne ho aka obi a wɔde sekan aku no, anaa efunu anaa ɛda no, ɔmfa bi mpete ne so. 19 Na deɛ ne ho teɛ no mfa mpete deɛ ne ho nteɛ no so da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira saa onipa no ho mfiri bɔne ho da a ɛtɔ so nson no.+ Afei ɔnsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho bɛte anwummerɛ.
20 “‘Na sɛ obi ho nte na wannwira ne ho a, wɔnkum* saa onipa* no mfiri asafo no mu,+ ɛfiri sɛ wagu Yehowa kronkronbea ho fĩ. Wɔamfa ahodwira nsuo no bi ampete ne so, enti ne ho nte.
21 “‘Wei yɛ ahyɛdeɛ a wɔbɛdi so daa: Deɛ ɔbɛpete ahodwira nsuo+ no nsi ne ntaadeɛ, na deɛ ɔde ne nsa bɛka ahodwira nsuo no ho rente kɔsi anwummerɛ. 22 Biribiara a deɛ ne ho agu fĩ no ho bɛka no, ɛho bɛgu fĩ, na onipa* biara a ne ho bɛka saa adeɛ no, ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.’”+
20 Bosome a ɛdi kan no mu no, Israel asafo no nyinaa baa Sina serɛ so, na ɔman no tenaa Kades.+ Ɛhɔ na Miriam+ wu maa wɔsiee no.
2 Ná nsuo nni hɔ a asafo no bɛnom,+ enti wɔboaa wɔn ano kɔɔ Mose ne Aaron so. 3 Na ɔman no ne Mose hamee,+ na wɔkaa sɛ: “Berɛ a yɛn nuanom wuwuu wɔ Yehowa anim no, sɛ yɛn nso yɛwuwuu bi mpo a, anka ɛyɛ! 4 Adɛn nti na mode Yehowa asafo aba serɛ yi so sɛ yɛne yɛn nyɛmmoa mmɛwuwu wɔ ha?+ 5 Na adɛn nti na moayi yɛn afiri Egypt aba asaase bɔne yi so?+ Ɛha nyɛ baabi a yɛbɛtumi adua aba biara; borɔdɔma oo, bobe oo, granate akutuo* oo, wodua wɔ ha a ɛrenyɛ yie. Na nsuo biara nso nni ha a yɛbɛnom.”+ 6 Ɛnna Mose ne Aaron firii asafo no anim baa ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuu fam. Na Yehowa animuonyam firii aseɛ daa adi maa wɔhunui.+
7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 8 “Fa poma no, na wo ne wo nua Aaron mfrɛ ɔman no nhyia. Monkasa nkyerɛ ɔbotan no wɔ wɔn anim na nsuo mfiri mu mmra. Afei momfa nsuo a ɛbɛfiri ɔbotan no mu aba no mma asafo no ne wɔn nyɛmmoa nnom.”+
9 Enti Mose faa poma no firii Yehowa anim+ sɛdeɛ Ɔka kyerɛɛ no no. 10 Ɛnna Mose ne Aaron frɛɛ asafo no nyinaa baa ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montie, mo atuatefoɔ! Yɛmma nsuo mfiri ɔbotan yi mu mma mo anaa?”+ 11 Ɛnna Mose maa ne nsa so, na ɔde ne poma no bɔɔ ɔbotan no mprenu, na nsuo pii firii mu bae, na asafo no ne wɔn nyɛmmoa firii aseɛ nomee.+
12 Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Moannye me anni, na moanni me ni wɔ Israelfoɔ anim amma wɔanhunu sɛ meyɛ kronkron. Ɛno nti, moremfa asafo yi nkɔ asaase a mede bɛma wɔn no so.”+ 13 Wei ne Meriba* nsuo no;+ ɛhɔ na Israelfoɔ ne Yehowa hameeɛ, na ɔmaa wɔhuu sɛ ɔyɛ kronkron.
14 Afei Mose somaa nnipa firii Kades kɔɔ Edom hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ “Deɛ wo nua Israel+ reka nie, ‘Wo ara wonim amanehunu a yɛafa mu nyinaa. 15 Yɛn agyanom tu kɔɔ Egypt+ na yɛtenaa Egypt mfeɛ* pii,+ na Egyptfoɔ no teetee yɛne yɛn agyanom.+ 16 Ɛwiee aseɛ no, yɛsu frɛɛ Yehowa,+ na ɔtiee yɛn, na ɔsomaa ɔbɔfoɔ+ bɛyii yɛn firii Egypt, ɛnna seesei yɛabɛduru Kades kuro a ɛwɔ wo hyeɛ so yi. 17 Yɛpa wo kyɛw, ma yɛntwam mfa w’asaase so. Yɛremfa afuo anaa bobefuo* biara mu, na yɛrennom abura biara mu nsuo. Yɛbɛfa Ɔhene Kwan no so, na yɛremmane nkɔ nifa anaa benkum kɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asaase so.’”+
18 Nanso Edom ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmɛfa yɛn asaase so. Sɛ wobɛfa ha a, mede sekan bɛpue aba wo so.” 19 Ɛnna Israelfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kwantempɔn no so na yɛbɛfa akɔ, na sɛ yɛne yɛn nyɛmmoa nom wo nsuo a, yɛbɛtua ka.+ Deɛ yɛresrɛ ara ne baabi a yɛde yɛn nan bɛtiatia atwam.”+ 20 Nanso ɔsii so kaa sɛ: “Mmɛfa ha.”+ Na Edom de nnipa bebree ne asraafoɔ a wɔn ho yɛ den* pue kɔɔ wɔn so. 21 Enti Edom amma Israel amfa n’asaase so, enti Israel dane friii ne ho kɔe.+
22 Na Israel man no, asafo no nyinaa, tu firii Kades, na wɔbaa Hor Bepɔ ho.+ 23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Hor Bepɔ ho wɔ Edom hyeɛ so sɛ: 24 “Wɔde Aaron bɛkɔ akɔka n’agyanom ho.*+ Ɔrenkɔ asaase a mede bɛma Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ mo mmienu, moyɛɛ asoɔden wɔ m’ahyɛdeɛ a ɛfa Meriba nsuo ho no ho.+ 25 Fa Aaron ne ne ba Eleasar, na wo ne wɔn mforo mmra Hor Bepɔ so. 26 Na yi Aaron ntaadeɛ no+ fa hyɛ ne ba Eleasar;+ na Aaron bɛwu wɔ hɔ.”*
27 Enti Mose yɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ, na wɔforo kɔɔ Hor Bepɔ so wɔ asafo no nyinaa anim. 28 Na Mose yii Aaron ntaadeɛ no, na ɔde hyɛɛ ne ba Eleasar. Ɔwieeɛ no, Aaron wuu wɔ bepɔ no apampam.+ Ɛnna Mose ne Eleasar siane firii bepɔ no so baeɛ. 29 Berɛ a asafo no nyinaa huu sɛ Aaron awuo no, Israelfoɔ* nyinaa suu Aaron nnafua 30.+
21 Berɛ a Arad hene+ a ɔyɛ Kaananni a na ɔte Negeb no tee sɛ Israelfoɔ nam Atarim kwan so reba no, ɔkɔto hyɛɛ wɔn so, na ɔkyee wɔn mu bi kɔe. 2 Enti Israel hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ: “Sɛ wode saa nkurɔfoɔ yi hyɛ me nsa a, sɛdeɛ ɛteɛ biara mɛsɛe wɔn nkuro pasaa.” 3 Enti Yehowa tiee Israelfoɔ nne, na ɔde Kaananfoɔ no hyɛɛ wɔn nsa, na wɔsɛee wɔne wɔn nkuro pasaa. Enti wɔtoo hɔ din Horma.*+
4 Berɛ a wɔtoaa wɔn akwantuo no so firii Hor Bepɔ+ ho no, wɔfaa Ɛpo Kɔkɔɔ kwan no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtwa afa Edom asaase no ho.+ Akwantuo no nti, na nkurɔfoɔ no* abrɛ. 5 Na nkurɔfoɔ no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose+ mprɛ pii sɛ: “Adɛn nti na mode yɛn afiri Egypt aba serɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu? Aduane biara nni ha, nsuo biara nni ha,+ na aduanefõ yi afono yɛn.”*+ 6 Enti Yehowa maa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ* baa nkurɔfoɔ no mu bɛkekaa wɔn, na Israelfoɔ pii wuwui.+
7 Enti nkurɔfoɔ no baa Mose nkyɛn, na wɔkaa sɛ: “Yɛayɛ bɔne ɛfiri sɛ yɛakasa atia Yehowa ne wo.+ Pa Yehowa kyɛw ma yɛn, na ɔmma awɔ no nkɔ.” Na Mose paa kyɛw maa nkurɔfoɔ no.+ 8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ ɔwɔ a n’ano wɔ borɔ,* na yɛ bi sɛn dua so. Na sɛ ɔwɔ ka obi a, ɔmma n’ani so nhwɛ deɛ ɛsɛn hɔ no na ɔnnya nkwa.” 9 Ɛhɔ ara na Mose de kɔbere yɛɛ ɔwɔ+ de sɛn dua so.+ Na berɛ biara a ɔwɔ bɛka obi no, na wahwɛ ɔwɔ a wɔde kɔbere ayɛ no, na wanya nkwa.+
10 Ɛno akyi no, Israelfoɔ tui, na wɔkɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ Obot.+ 11 Afei wɔtu firii Obot kɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ Ye-Abarim,+ serɛ a ɛne Moab di nhwɛanimu a ɛwɔ apueeɛ fam no so. 12 Wɔtu firii hɔ nso, na wɔkɔsoɛɛ Sered Bɔn* ho.+ 13 Wɔsan tu firii hɔ, na wɔkɔsoɛɛ Arnon mpɔtamu.+ Serɛ a ɛfiri aseɛ firi Amorifoɔ hyeɛ so no, ɛso na Arnon wɔ, ɛfiri sɛ Arnon na ɛyɛ Moab hyeɛ, na ɛda Moab ne Amorifoɔ ntam. 14 Ɛno nti na wɔatwerɛ wɔ Yehowa Akodie nwoma no mu sɛ: “Waheb a ɛwɔ Sufa, ne Arnon abɔn,* 15 ne baabi a abɔn* no siane* a ɛtrɛ kɔ Ar kuro no ho na ɛkɔfa Moab hyeɛ so no.”
16 Afei wɔfirii hɔ kɔɔ Beer. Wei ne abura a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: “Boaboa nkurɔfoɔ no ano na memma wɔn nsuo” no.
17 Saa berɛ no, Israelfoɔ no too dwom sɛ:
“O asubura, tue! Monnye so* ɛ!
18 Abura yi na aberempɔn tuiɛ. Ɔman no mu adehyeɛ na wɔtuiɛ.
Wɔde ahempoma ne wɔn ankasa mpoma na ɛtuiɛ.”
Afei wɔfirii serɛ so hɔ kɔɔ Matana. 19 Na wɔfirii Matana kɔɔ Nahaliel, na wɔfirii Nahaliel kɔɔ Bamot.+ 20 Wɔfirii Bamot kɔɔ ɛbɔn a ɛwɔ Moab asaase so+ wɔ Pisga atifi+ a ɛkyerɛ Yesimon* no ho.+
21 Na Israel somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 22 “Ma yɛntwam mfa w’asaase so. Yɛremmane mfa afuo anaa bobefuo* biara mu. Yɛrennom abura biara mu nsuo. Yɛbɛfa Ɔhene Kwan no so kɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asaase so.”+ 23 Nanso Sihon amma Israelfoɔ no amfa n’asaase so. Mmom Sihon boaboaa ne nkurɔfoɔ nyinaa ano, na wɔpue kɔhyiaa Israelfoɔ wɔ serɛ no so, na ɔbaa Yahas, na ɔfirii aseɛ ne Israel koe.+ 24 Na Israelfoɔ de sekan kum no,+ na wɔfaa n’asaase,+ ɛfiri Arnon+ kɔsi Yabok.+ Ná ɛhɔ bɛn Ammonfoɔ, ɛfiri sɛ Yaser+ wɔ Ammonfoɔ hyeɛ so.+
25 Enti Israelfoɔ faa nkuro yi nyinaa, na wɔfirii aseɛ tenatenaa Amorifoɔ nkuro nyinaa mu,+ Hesbon ne ɛho nkuro nyinaa mu. 26 Ná Hesbon yɛ Amorifoɔ hene Sihon kuro. Ɔne Moab hene koe, na ɔgyee ne nsaase nyinaa kɔsii Arnon tɔnn. 27 Wei na ɛkɔfaa akasabebuo a wɔde di fɛ yi baeɛ sɛ:
“Bra Hesbon.
Ma wɔnkyekyere Sihon kuro no mma ne fapem nyɛ den.
28 Ɛfiri sɛ egya bi firii Hesbon bae, gyaframa bi firii Sihon kuro mu.
Ahye Ar a ɛwɔ Moab, Arnon sorɔnsorɔmmea* wuranom no.
29 Moab, asɛm ato wo! Mo, Kemos+ nkurɔfoɔ, wɔbɛsɛe mo!
Ɔma ne mma mmarima dane akobɔfoɔ, na ɔma Amorifoɔ hene Sihon kye ne mma mmaa de wɔn kɔ.
30 Momma yɛnto nhyɛ wɔn so;
Hesbon ase bɛhye akɔsi Dibon+ tɔnn;
Momma yɛnsɛe no nkɔduru Nofa tɔnn;
Egya bɛhye akɔduru Medeba+ tɔnn.”
31 Enti Israelfoɔ firii aseɛ tenatenaa Amorifoɔ asaase so. 32 Afei Mose somaa mmarima bi maa wɔwiaa wɔn ho kɔhwɛɛ sɛdeɛ Yaser+ teɛ. Na wɔfaa ɛho nkuro, na wɔtuu Amorifoɔ a wɔtete hɔ no. 33 Ɛno akyi no, wɔdanee wɔn ho, na wɔfaa Basan Kwan so foro kɔe. Na Basan hene Og+ de ne nkurɔfoɔ nyinaa kɔhyiaa Israelfoɔ no sɛ wɔne wɔn rekɔko wɔ Edrei.+ 34 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nsuro no,+ ɛfiri sɛ mede ɔne ne nkurɔfoɔ nyinaa ne n’asaase bɛhyɛ wo nsa,+ na sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a na ɔte Hesbon no, saa ara na wobɛyɛ no.”+ 35 Enti wɔkunkum ɔne ne mma ne ne nkurɔfoɔ nyinaa, na anka ne nkurɔfoɔ no baako mpo;+ na wɔfaa n’asaase no.+
22 Na Israelfoɔ tui, na wɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ Moab serɛ so wɔ Yordan agya a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.+ 2 Sipor ba Balak+ huu deɛ Israelfoɔ de yɛɛ Amorifoɔ no nyinaa, 3 na Moabfoɔ suroo Israelfoɔ no paa, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ no dɔɔso. Nokwasɛm ne sɛ, Israelfoɔ no nti, Moabfoɔ no bɔɔ hu yie.+ 4 Enti Moabfoɔ ka kyerɛɛ Midian mpanimfoɔ+ sɛ: “Saa asafo yi bɛwe deɛ atwa yɛn ho ahyia nyinaa sɛdeɛ nantwie* we serɛ no.”
Saa berɛ no, na Sipor ba Balak na ɔyɛ Moab hene. 5 Enti ɔsomaa nnipa kɔɔ Beor ba Baalam nkyɛn wɔ Petor+ a ɛbɛn Asubɔnten* a ɛwɔ asaase a wɔwoo Baalam wɔ so no so no. Ɔmaa wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Nkurɔfoɔ bi firi Egypt aba. Hwɛ! Wɔahyɛ asaase so ma,*+ na wɔte me hwene ano pɛɛ. 6 Enti mepa wo kyɛw, bra na bɛdome saa nkurɔfoɔ yi ma me,+ ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me. Ebia mɛtumi adi wɔn so nkonim na mapamo wɔn afiri asaase no so, ɛfiri sɛ menim yie sɛ deɛ wobɛhyira no no, wɔbɛhyira no, na deɛ wobɛdome no no, wɔbɛdome no.”
7 Enti Moab mpanimfoɔ ne Midian mpanimfoɔ faa sika a wɔde rekɔ abisa no kurae, na wɔkɔɔ Baalam+ nkyɛn kɔkaa deɛ Balak aka no kyerɛɛ no. 8 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monna ha anadwo yi, na deɛ Yehowa bɛka biara, mɛba abɛka akyerɛ mo.” Enti Moab mpanimfoɔ no tenaa Baalam nkyɛn.
9 Na Onyankopɔn baa Baalam nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ:+ “Nnipa bɛn na wɔwɔ wo nkyɛn yi?” 10 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Sipor ba Balak a ɔyɛ Moab hene no na asoma abɛka akyerɛ me sɛ, 11 ‘Hwɛ! Nkurɔfoɔ a wɔfiri Egypt no ahyɛ asaase so ma.* Enti bra na bɛdome wɔn ma me.+ Ebia mɛtumi ne wɔn ako, na mapamo wɔn afiri asaase no so.’” 12 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Nni wɔn akyi nkɔ. Nnome nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ wɔahyira wɔn.”+
13 Na Baalam sɔree anɔpa ka kyerɛɛ Balak mpanimfoɔ no sɛ: “Monkɔ mo asaase so, ɛfiri sɛ Yehowa ampene so sɛ me ne mo bɛkɔ.” 14 Enti Moab mpanimfoɔ no sɔre kɔe, na wɔkɔka kyerɛɛ Balak sɛ: “Baalam ampene so ne yɛn amma.”
15 Na Balak san somaa mpanimfoɔ foforɔ a wɔdɔɔso na wɔwɔ animuonyam sene wɔn a ɔdii kan somaa wɔn no. 16 Na wɔbaa Baalam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sipor ba Balak se, ‘Mepa wo kyɛw, mma biribiara nnsi wo kwan sɛ wobɛba me nkyɛn, 17 ɛfiri sɛ mɛhyɛ wo animuonyam paa, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no mɛyɛ. Enti mepa wo kyɛw, bra na bɛdome nkurɔfoɔ yi ma me.’” 18 Nanso Baalam ka kyerɛɛ Balak nkoa no sɛ: “Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ no ma ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa me Nyankopɔn asɛm so nyɛ biribiara, sɛ́ ɛyɛ ade ketewa anaa ade kɛseɛ.+ 19 Mepa mo kyɛw, mo nso monna ha anadwo yi na menhwɛ deɛ Yehowa bɛsan aka akyerɛ me.”+
20 Na Onyankopɔn baa Baalam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mmarima yi aba abɛfrɛ wo a, wo ne wɔn nkɔ. Nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no, ɛno nko ara na ka.”+ 21 Enti Baalam sɔree anɔpa hyehyɛɛ n’afunumu,* na ɔne Moab mpanimfoɔ no kɔe.+
22 Berɛ a Onyankopɔn huu sɛ ɔrekɔ no, ne bo fui, na Yehowa bɔfoɔ bɛgyinaa kwan no mu sɛ ɔbɛsi no kwan. Saa berɛ no, na Baalam te n’afunumu so, na na ne nkoa mmienu ka ne ho. 23 Berɛ a afunumu no huu sɛ Yehowa bɔfoɔ atwe sekan gyina kwan no mu no, afunumu no yɛɛ sɛ ɔrefiri kwan no mu akɔ wuram. Nanso Baalam firii aseɛ hwee afunumu no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛsan asi kwan mu. 24 Na Yehowa bɔfoɔ no bɛgyinaa ɛkwan ketewa bi a na ɛwɔ bobe mfuo mmienu ntam so, na na aboɔ afasuo wɔ benkum ne nifa. 25 Berɛ a afunumu no huu Yehowa bɔfoɔ no, ɔde ne ho taree ɔfasuo no, na ɛkaa Baalam nan miaa ɔfasuo no, na Baalam firii aseɛ hwee aboa no bio.
26 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no san bɛtwaam, na ɔkɔgyinaa baabi a ɛkwan no sua paa; wofa benkum a ɛnyɛ yie, wofa nifa nso a ɛnyɛ yie. 27 Berɛ a afunumu no huu Yehowa bɔfoɔ no, ɔbutuu fam. Saa berɛ no nyinaa, na Baalam da so te no so. Enti Baalam bo fui, na ɔkɔɔ so de ne poma hwee afunumu no. 28 Afei deɛ Yehowa maa afunumu no kasae,*+ na ɔbisaa Baalam sɛ: “Mayɛ wo dɛn na woahwe me mprɛnsa yi?”+ 29 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ afunumu no sɛ: “Wo tirim yɛ den ntira. Sɛ mekura sekan a, anka maku wo!” 30 Na afunumu no bisaa Baalam sɛ: “Ɛnyɛ w’afunumu ne me? Ɛnyɛ me so na woatena wo nkwa nna nyinaa de abɛsi nnɛ? Woahunu sɛ mayɛ wo saa da?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Daabi!” 31 Afei Yehowa buee Baalam ani,+ na ɔhuu Yehowa bɔfoɔ sɛ watwe sekan gyina kwan no mu. Ɛhɔ ara na ɔkotoeɛ, na ɔde n’anim butuu fam.
32 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no bisaa no sɛ: “W’afunumu no ayɛ wo dɛn na woahwe no mprɛnsa yi? Hwɛ! Me ara na maba sɛ merebɛsi wo kwan, ɛfiri sɛ mempene deɛ worekɔyɛ no so.+ 33 Afunumu no huu me, na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛmane afiri m’anim mprɛnsa.+ Sɛ wammane amfiri m’anim a, anka saa berɛ yi maku wo ama afunumu no afa ne ho adi.” 34 Baalam ka kyerɛɛ Yehowa bɔfoɔ no sɛ: “Mayɛ bɔne, ɛfiri sɛ na mennim sɛ wo na woabɛgyina kwan no mu rebɛhyia me. Sɛ wompene so a, ɛnneɛ mɛsan m’akyi.” 35 Nanso Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Wo ne mmarima no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no, ɛno nko ara na ka.” Enti Baalam ne Balak mpanimfoɔ no toaa so kɔe.
36 Berɛ a Balak tee sɛ Baalam aba no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no wɔ Moab kurom, kuro a ɛda Arnon nsuo ano wɔ ɔman no hyeɛ so no. 37 Na Balak bisaa Baalam sɛ: “Mansoma sɛ wɔmmɛfrɛ wo? Adɛn nti na woamma? Ɛyɛ wo sɛ merentumi nhyɛ wo animuonyam kɛseɛ anaa?”+ 38 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Afei deɛ maba. Nanso merentumi nka deɛ mepɛ. Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ m’ano no, ɛno nko ara na mɛka.”+
39 Enti Baalam ne Balak kɔe, na wɔkɔduruu Kiriat-Husot. 40 Na Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔreɛ, na ɔde bi kɔmaa Baalam ne mpanimfoɔ a na wɔka ne ho no. 41 Na adeɛ kyee anɔpa no, Balak kɔfaa Baalam, na ɔde no foro kɔgyinaa Bamot-Baal sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhunu nnipa no nyinaa.+
23 Na Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Si afɔrebukyia nson wɔ ha,+ na fa anantwinini nson ne adwennini nson bɔ afɔreɛ ma me.” 2 Ntɛm ara na Balak yɛɛ deɛ Baalam kaeɛ no. Na Balak ne Baalam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia biara so.+ 3 Na Baalam san ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Gyina wo hyeɛ afɔreɛ no ho, na mereba. Ebia Yehowa bɛka biribi akyerɛ me. Na deɛ ɔbɛma mahunu biara, mɛka akyerɛ wo.” Enti ɔkɔgyinaa kokoɔ bi a ɛso ayɛ kwabokwabo so.
4 Na Onyankopɔn ne Baalam kasae,+ na Baalam ka kyerɛɛ No sɛ: “Masisi afɔrebukyia nson asesa so, na mede nantwinini baako ne odwennini baako abɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia biara so.” 5 Na Yehowa de asɛm yi hyɛɛ Baalam ano sɛ:+ “San kɔ Balak nkyɛn, na sei na ka.” 6 Enti ɔsan kɔe, na ɔkɔhunuu sɛ Balak ne Moab mpanimfoɔ nyinaa gyinagyina ne hyeɛ afɔreɛ no ho. 7 Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm kaa sɛ:+
“Moab hene Balak abɛfa me afiri Aram,+
Ɔde me firi apueeɛ fam mmepɔ so aba sɛ:
‘Bra bɛdome Yakob ma me.
Aane, bra bɛbɔ Israel dua.’+
8 Wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn no, ɛbɛyɛ dɛn na madome wɔn?
Na wɔn a Yehowa mmɔɔ wɔn dua no, ɛbɛyɛ dɛn na mabɔ wɔn dua?+
9 Sɛ megyina abotan atifi a, mehu wɔn,
Na sɛ megyina nkokoɔ so a, m’ani tua wɔn.
Ma menwu* ateneneefoɔ wuo,
Na ma m’awieeɛ nyɛ sɛ wɔn.”
11 Ɛnna Balak bisaa Baalam sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome m’atamfo, nanso nhyira na wode adware wɔn.”+ 12 Na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa de bɛhyɛ m’ano no, ɛnyɛ ɛno na ɛsɛ sɛ meka anaa?”+
13 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepa wo kyɛw bra ma yɛnkɔ baabi foforɔ a wobɛhu wɔn. Wɔn mu kakraa bi na wobɛhu wɔn; worenhunu wɔn nyinaa. Dome wɔn ma me wɔ hɔ.”+ 14 Enti ɔde no kɔɔ Sofim serɛ so, Pisga atifi,+ na ɔsii afɔrebukyia nson de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia biara so.+ 15 Na Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Wo deɛ, gyina wo hyeɛ afɔreɛ ho na menkɔ hɔ nkɔtie deɛ Ɔbɛka.” 16 Na Yehowa ne Baalam kasae, na ɔde n’asɛm hyɛɛ n’ano sɛ:+ “San kɔ Balak nkyɛn, na sei na ka.” 17 Enti ɔsan kɔe, na ɔkɔhunuu sɛ ɔgyina ne hyeɛ afɔreɛ no ho retwɛn, na na Moab mpanimfoɔ gyinagyina ne nkyɛn. Na Balak bisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na Yehowa kaeɛ?” 18 Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm yi sɛ:+
“Balak, sɔre na tie.
O, Sipor ba, tie me.
Sɛ ɔka biribi a, ɔrenyɛ anaa?
Na sɛ ɔkasa a, ɔrenyɛ deɛ waka no anaa?+
21 Ɔrempene mma obiara mfa Yakob nkɔ aduro so,
Na ɔremma ɔhaw biara mma Israel so.
Ne Nyankopɔn Yehowa ka ne ho,+
Wɔbɔ gye no so sɛ ɔhene wɔ wɔn mu.
22 Onyankopɔn de wɔn firi Egypt reba.+
Ɔte sɛ ɛkoɔ* mmɛn a ɛboa wɔn.+
Seesei, deɛ wɔbɛka afa Yakob ne Israel ho ne sɛ:
‘Monhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ!’
Ɔremmutu hɔ gye sɛ wakye aboa bi awe,
Na wanom wɔn a wakum wɔn no mogya.”
25 Na Balak ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Sɛ worentumi mmɔ no dua a, ɛnneɛ nhyira no.” 26 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ, ‘Deɛ Yehowa bɛka biara mɛyɛ’?”+
27 Na Balak ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Mepa wo kyɛw bra ma memfa wo nkɔ baabi foforɔ. Ebia ɛhɔ deɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɛpene ama woadome no ama me.”+ 28 Enti Balak de Baalam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ Yesimon* no so.+ 29 Na Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Si afɔrebukyia nson wɔ ha, na fa anantwinini nson ne adwennini nson bɔ afɔreɛ ma me.”+ 30 Enti Balak yɛɛ deɛ Baalam kaeɛ no, na ɔde nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia biara so.
24 Berɛ a Baalam huu sɛ Yehowa pɛ* sɛ ɔhyira Israelfoɔ no, wanhwehwɛ kwan a ɔbɛfa so ato wɔn aduro bio,+ mmom ɔde n’ani kyerɛɛ serɛ so. 2 Berɛ a Baalam maa n’ani so a ɔhunuu sɛ Israelfoɔ tete hɔ mmusua mmusua wɔ wɔn asoɛeɛ hɔ no,+ Onyankopɔn honhom baa ne so.+ 3 Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm kaa sɛ:+
“Beor ba Baalam asɛm nie,
Ɔbarima a wɔabue n’ani no asɛm nie,
4 Deɛ ɔtee Onyankopɔn asɛm,
Deɛ ɔnyaa adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ho anisoadehunu,
Deɛ ɔbutu hɔ a n’ani gu so no, n’asɛm nie:+
Ɛte sɛ nturo a ɛwowɔ nsuo ho.
Ɛte sɛ pɛprɛ nnua a Yehowa adua,
Ɛte sɛ sida nnua a ɛsisi nsuo ho.
Ɔbɛwe aman a wɔhyɛ no so no nam,+
Ɔbɛbobɔ wɔn nnompe mu, na ɔde n’agyan bɛbubu wɔn pasaa.
9 Ɔbutu fam, na ɔda hɔ te sɛ gyata;
Ɔte sɛ gyata, na hwan na ɔbɛpɛ ne ho asɛm akɔnyane no?
Wɔbɛhyira wɔn a wɔhyira wo,
Na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”+
10 Ɛnna Balak bo fuu Baalam. Na Balak bɔɔ ne nsam, na ɔka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome m’atamfo,+ nanso nhyira na wode adware wɔn mprɛnsa yi nyinaa. 11 Yɛ ntɛm kɔ wo fie. Mekaa sɛ mɛhyɛ wo animuonyam paa,+ nanso hwɛ! Yehowa ama animuonyam no abɔ wo.”
12 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Manka ankyerɛ nnipa a wosomaa wɔn no sɛ, 13 ‘Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ mu ma ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa asɛm so nyɛ deɛ me ara mepɛ.* Papa oo, bɔne oo, merentumi mfa me pɛ nyɛ biribiara. Deɛ Yehowa bɛka no, ɛno ara na mɛka’?+ 14 Me deɛ, merekɔ me man mu. Bra na menkyerɛ wo deɛ nkurɔfoɔ yi de bɛyɛ wo man daakye.”* 15 Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm kaa sɛ:+
“Beor ba Baalam asɛm nie,
Ɔbarima a wɔabue n’ani no asɛm nie,+
16 Deɛ ɔtee Onyankopɔn asɛm,
Deɛ ɔwɔ Ɔsorosoroni no ho nimdeɛ,
Deɛ ɔnyaa adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ho anisoadehunu,
Deɛ ɔbutu hɔ a n’ani gu so no, n’asɛm nie:
17 Mɛhu no, nanso ɛnyɛ nnɛ;
Mede m’ani bɛhu no, nanso ɛnyɛ seesei.
18 Ɔbɛfa Edom ayɛ n’agyapadeɛ,+
Aane, Seir+ bɛyɛ n’atamfo agyapadeɛ,+
Na Israel deɛ, ɔbɛda n’akokoɔduro adi.
20 Berɛ a ɔhuu Amalek no, ɔtoaa n’anwensɛm no so sɛ:
21 Berɛ a ɔhuu Kenifoɔ+ no, ɔtoaa n’anwensɛm no so sɛ:
“Baabi a wɔabɔ ho ban na woteɛ, na wo fie wɔ ɔbotan mu.
22 Nanso obi bɛba abɛhye Kenifoɔ* dwerɛbee.
Ɛrenkyɛ na Asiria abɛkye wo akɔ.”
23 Na ɔtoaa n’anwensɛm no so sɛ:
“Ɛbɛyɛ dwe! Sɛ Onyankopɔn yɛ saa a, hwan na ɔbɛnya nkwa?
Nanso ɔno nso bɛsɛe korakora.”
25 Ɛnna Baalam+ sɔreeɛ, na ɔsiim san kɔɔ baabi a ɔfiri baeɛ. Na Balak nso kɔɔ ne kwan.
25 Berɛ a Israelfoɔ te Sitim+ no, wɔfirii aseɛ ne Moab mmabaawa bɔɔ adwaman.+ 2 Sɛ wɔrebɔ afɔreɛ ama wɔn anyame a, na mmaa no frɛfrɛ Israelfoɔ no kɔ aseɛ,+ enti Israelfoɔ no firii aseɛ didii na wɔsom wɔn anyame no.+ 3 Enti Israel kɔsom* Baal-Peor,+ na Yehowa bo fuu Israel dendeenden. 4 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa ɔman yi mu mpanimfoɔ* nyinaa, na sɛn wɔn wɔ Yehowa anim awia ketee,* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa abufuhyeɛ bɛdane afiri Israel so.” 5 Enti Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufoɔ no+ sɛ: “Mo mu biara nkunkum ne mmarima a wɔkɔsom* Baal-Peor no.”+
6 Emu hɔ ara na Israelni bi kɔfaa Midianni baa bi+ baa ne nuanom mu wɔ Mose ne Israel asafo no nyinaa anim berɛ a wɔgyinagyina ahyiaeɛ ntomadan no ano resu no. 7 Berɛ a ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar ba Finehas+ hunuiɛ no, ntɛm ara na ɔsɔre firii asafo no mu, na ɔkɔfaa pea kuraeɛ. 8 Na ɔdii Israelni barima no akyi kɔɔ ntomadan no mu, na ɔde pea no wɔɔ wɔn mmienu mu, Israelni barima no ne ɔbaa no nyinaa, maa ɛpuee ɔbaa no ayaase. Na ɔhaw a ɛbaa Israelfoɔ so no to twae.+ 9 Wɔn a ɔhaw no nti wɔwuwuiɛ no dodoɔ yɛ 24,000.+
10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 11 “Finehas,+ ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar ba no ayi m’abufuo afiri Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ bɔne a na ɔman no reyɛ tia me no, wansosɔ so koraa.+ Wanyɛ saa a, anka mɛsɛe Israelfoɔ no ɛfiri sɛ mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ 12 Enti ka kyerɛ no sɛ: ‘Me ne no reyɛ asomdwoeɛ apam. 13 Na ɛbɛyɛ asɔfodie apam daa ama ɔne n’asefoɔ nyinaa,+ ɛfiri sɛ bɔne a na ɔman no reyɛ atia ne Nyankopɔn no, wansosɔ so koraa,+ na ɔpata maa Israelfoɔ no bɔne.’”
14 Israelni barima a wɔkum ɔne Midianni baa no din de Simri, Salu ba a ɔyɛ panin wɔ Simeon agyanom abusuafie no. 15 Midianni baa a wɔkum no no din de Kosbi, na na ɔyɛ Sur+ ba. Ná Sur yɛ Midianfoɔ+ agyanom abusuafie mmusua no baako panin.
16 Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17 “Monteetee Midianfoɔ no na monkunkum wɔn,+ 18 ɛfiri sɛ wɔn nso teetee mo berɛ a wɔdaadaa mo maa moyɛɛ bɔne wɔ Peor asɛm no ho no.+ Bio nso, wɔteetee mo berɛ a wɔnam Midian abusuapanin bi babaa Kosbi asɛm no so maa moyɛɛ bɔne no; wɔn nuabaa yi na wɔkum no,+ da a Peor asɛm no kɔfaa ɔhaw baeɛ no.”+
26 Na ɔhaw no akyi no,+ Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar sɛ: 2 “Monkan Israel asafo no nyinaa, wɔn a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu dodoɔ a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafie biara mu, na monkan wɔn a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ wɔ Israel no nyinaa.”+ 3 Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar+ ne wɔn kasaa wɔ Moab serɛ so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko+ no. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 4 “Monkan wɔn a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.”+
Israelfoɔ a wɔfiri Egypt asaase so baeɛ no nie: 5 Israel ba panin Ruben;+ Ruben mma+ nie: Hanok a Hanok abusua no firi ne mu; Palu a Palu abusua no firi ne mu; 6 Hesron a Hesron abusua no firi ne mu; Karmi a Karmi abusua no firi ne mu. 7 Weinom ne Rubenfoɔ mmusua, na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din yɛ 43,730.+
8 Palu ba ne Eliab. 9 Eliab mma ne Nemuel ne Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi, na wɔyɛ mpanimfoɔ wɔ asafo no mu. Wɔn na wɔkɔkaa Kora ho sɔre tiaa Mose ne Aaron,+ berɛ a wɔsɔre tiaa Yehowa no.+
10 Na asaase no mu paee,* na ɛmenee wɔn. Kora deɛ, ɔne n’akyitaafoɔ wui berɛ a egya no bɛhyee nnipa 250 no.+ Na deɛ ɛtoo wɔn no bɛyɛɛ kɔkɔbɔ.+ 11 Nanso Kora mma no deɛ, wɔanwuwu.+
12 Simeon mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so nie: Nemuel* a Nemuel abusua no firi ne mu; Yamin a Yamin abusua no firi ne mu; Yakin a Yakin abusua no firi ne mu; 13 Sera a Sera abusua no firi ne mu; ne Saul a Saul abusua no firi ne mu. 14 Weinom ne Simeonfoɔ mmusua, na wɔn dodoɔ yɛ 22,200.+
15 Gad mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so nie: Sefon a Sefon abusua no firi ne mu; Hagi a Hagi abusua no firi ne mu; Suni a Suni abusua no firi ne mu; 16 Osni a Osni abusua no firi ne mu; Eri a Eri abusua no firi ne mu; 17 Arod a Arod abusua no firi ne mu; Areli a Areli abusua no firi ne mu. 18 Weinom ne Gadfoɔ mmusua, na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din yɛ 40,500.+
19 Yuda mma+ ne Er ne Onan.+ Nanso Er ne Onan wuu wɔ Kaanan asaase so.+ 20 Yuda mma a wɔn din deda wɔn mmusua so nie: Sela+ a Sela abusua no firi ne mu; Peres+ a Peres abusua no firi ne mu; Sera+ a Sera abusua no firi ne mu. 21 Peres mma nie: Hesron+ a Hesron abusua no firi ne mu; Hamul+ a Hamul abusua no firi ne mu. 22 Weinom ne Yudafoɔ mmusua, na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din yɛ 76,500.+
23 Isakar mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so nie: Tola+ a Tola abusua no firi ne mu; Puwa a Puwa abusua no firi ne mu; 24 Yasub a Yasub abusua no firi ne mu; Simron a Simron abusua no firi ne mu. 25 Weinom ne Isakarfoɔ mmusua, na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din yɛ 64,300.+
26 Sebulon mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so nie: Sered a Sered abusua no firi ne mu; Elon a Elon abusua no firi ne mu; Yaleel a Yaleel abusua no firi ne mu. 27 Weinom ne Sebulonfoɔ mmusua, na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din yɛ 60,500.+
28 Yosef mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so nie: Manase ne Efraim.+ 29 Manase+ mma nie: Makir+ a Makir abusua no firi ne mu; na Makir woo Gilead,+ Gilead a Gilead abusua no firi ne mu no. 30 Weinom ne Gilead mma: Yesa a Yesa abusua no firi ne mu; Helek a Helek abusua no firi ne mu; 31 Asriel a Asriel abusua no firi ne mu; Sekem a Sekem abusua no firi ne mu; 32 Semida a Semida abusua no firi ne mu; ne Hefer a Hefer abusua no firi ne mu. 33 Hefer ba Selofehad deɛ, wanwo ɔbabarima biara; mmaa nko ara na ɔwoeɛ.+ Selofehad mma mmaa+ no din de Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa. 34 Weinom ne Manasefoɔ mmusua, na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din yɛ 52,700.+
35 Efraim+ mma a wɔn din deda wɔn mmusua so nie: Sutela+ a Sutela abusua no firi ne mu; Beker a Beker abusua no firi ne mu; Tahan a Tahan abusua no firi ne mu. 36 Weinom ne Sutela mma: Eran a Eran abusua no firi ne mu. 37 Weinom ne Efraimfoɔ mmusua, na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din yɛ 32,500.+ Weinom ne Yosef mma a wɔn din deda wɔn mmusua so.
38 Benyamin mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so nie: Bela+ a Bela abusua no firi ne mu; Asbel a Asbel abusua no firi ne mu; Ahiram a Ahiram abusua no firi ne mu; 39 Sefufam a Sefufam abusua no firi ne mu; Hufam a Hufam abusua no firi ne mu. 40 Bela nso mma ne Ard ne Naaman:+ Ard a Ard abusua no firi ne mu; Naaman a Naaman abusua no firi ne mu. 41 Weinom ne Benyamin mma a wɔn din deda wɔn mmusua so, na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din yɛ 45,600.+
42 Dan+ mma a wɔn din deda wɔn mmusua so nie: Suham a Suham abusua no firi ne mu. Weinom ne Dan mmusua a wɔn din deda wɔn mmusua so. 43 Suhamfo mmusua a wɔtwerɛɛ wɔn din no nyinaa dodoɔ yɛ 64,400.+
44 Aser mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so nie: Yimnah a Yimnah abusua no firi ne mu; Yiswi a Yiswi abusua no firi ne mu; Beria a Beria abusua no firi ne mu; 45 Beria mma nie: Heber a Heber abusua no firi ne mu; Malkiel a Malkiel abusua no firi ne mu. 46 Ná Aser babaa din de Serah. 47 Weinom ne Aserfoɔ mmusua, na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din yɛ 53,400.+
48 Naftali mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so nie: Yaseel a Yaseel abusua no firi ne mu; Guni a Guni abusua no firi ne mu; 49 Yeser a Yeser abusua no firi ne mu; Silem a Silem abusua no firi ne mu. 50 Weinom ne Naftali mmusua a wɔn din deda wɔn mmusua so, na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din yɛ 45,400.+
51 Israelfoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa dodoɔ yɛ 601,730.+
52 Ɛno akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 53 “Hwɛ edin a wɔtwerɛeɛ no so* na kyɛ asaase no ma nnipa no na wɔmfa nyɛ wɔn agyapadeɛ.+ 54 Ekuo a emufoɔ dɔɔso no, ma wɔn agyapadeɛ nyɛ kɛse, na kuo a emufoɔ sua no, te wɔn agyapadeɛ so.+ Hwɛ nnipa dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ kuo biara mu, na ma wɔn agyapadeɛ. 55 Ma wɔmmɔ ntonto mfa nkyɛ asaase no.+ Ma wɔnnye wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn agyanom mmusuakuo din mu. 56 Ntonto na wɔbɛbɔ de akyekyɛ agyapadeɛ no de ama abusuakuo biara, ekuo a emufoɔ dɔɔso ne ekuo a emufoɔ sua nyinaa.”
57 Weinom ne Lewifoɔ+ a wɔtwerɛɛ wɔn din a wɔn din deda wɔn mmusua so: Gerson a Gerson abusua no firi ne mu; Kohat+ a Kohat abusua no firi ne mu; Merari a Merari abusua no firi ne mu. 58 Weinom ne Lewifoɔ mmusua: Libnifoɔ abusua,+ Hebronfoɔ abusua,+ Mahlifoɔ abusua,+ Musifoɔ abusua,+ ne Korafoɔ abusua.+
Kohat woo Amram.+ 59 Ná Amram yere din de Yokebed.+ Ɔyɛ Lewi babaa a Lewi yere woo no maa no wɔ Egypt. Yokebed woo Aaron ne Mose ne wɔn nuabaa Miriam+ maa Amram. 60 Ɛnna Aaron nso woo Nadab, Abihu, Eleasar, ne Itamar.+ 61 Nanso Nadab ne Abihu wui ɛfiri sɛ wɔde egya foforɔ bi a Yehowa mmaa ho kwan kɔɔ n’anim.+
62 Wɔn a wɔtwerɛɛ wɔn din no nyinaa dodoɔ yɛ 23,000. Wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔadi bosome baako rekɔ.+ Wɔantwerɛ wɔn din anka Israelfoɔ no ho,+ ɛfiri sɛ wɔamma wɔn agyapadeɛ biara wɔ Israelfoɔ mu.+
63 Weinom na Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar twerɛɛ wɔn din berɛ a wɔtwerɛɛ Israelfoɔ din wɔ Moab serɛ so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no. 64 Nanso wɔn a Mose ne ɔsɔfoɔ Aaron twerɛɛ wɔn din berɛ a wɔkan Israelfoɔ wɔ Sinai serɛ so no, na wɔn mu baako mpo nka weinom ho.+ 65 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, na Yehowa aka afa wɔn ho sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔbɛwuwu wɔ serɛ no so.”+ Enti wɔn mu ɔbarima baako mpo anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+
27 Na Selofehad mma mmaa+ a wɔfiri Yosef ba Manase abusuakuo mu no bae. Ná Selofehad papa ne Hefer, Hefer papa ne Gilead, Gilead papa ne Makir, Makir papa ne Manase. Selofehad mma mmaa no din de Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa. 2 Wɔbɛgyinaa Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne mpanimfoɔ no+ ne asafo no nyinaa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔkaa sɛ: 3 “Yɛn papa wuu wɔ serɛ no so, nanso nkurɔfoɔ a wɔkaa wɔn ho boom sɔre tiaa Yehowa no, kyerɛ sɛ, Kora akyitaafoɔ no,+ na ɔnka ho. Ɔno ara ne bɔne nti na ɔwuiɛ, na na ɔnni mma mmarima. 4 Adɛn nti na ɔbabarima a yɛn papa nni nti, ɛsɛ sɛ ne din yera firi n’abusua mu? Momma yɛn agyapadeɛ wɔ yɛn papa nuanom mu.” 5 Enti Mose de wɔn asɛm no kɔtoo Yehowa anim.+
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 7 “Asɛm a Selofehad mma mmaa no reka no yɛ nokorɛ. Enti sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛsɛ sɛ woma wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn papa nuanom mu, na woma wɔn papa agyapadeɛ bɛdi wɔn nsam.+ 8 Na ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɔbarima wu na ɔnni ɔbabarima a, momfa n’agyapadeɛ mma ne babaa. 9 Sɛ ɔnni ɔbabaa a, ɛnneɛ momfa n’agyapadeɛ mma ne nua mmarima. 10 Na sɛ ɔnni nua mmarima a, momfa n’agyapadeɛ mma ne papa nua mmarima. 11 Na sɛ ne papa nni nuabarima biara a, ɛnneɛ momfa n’agyapadeɛ no mma ne busuani bi a ɔbɛn no paa.* Wei bɛyɛ mmara ne atemmusɛm ama Israelfoɔ, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.’”
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Foro kɔ bepɔ a ɛwɔ Abarim yi so,+ na kɔhwɛ asaase a mede bɛma Israelfoɔ no.+ 13 Sɛ wohunu wie a, wɔde wo bɛkɔ akɔka wo nkurɔfoɔ ho*+ sɛdeɛ wɔyɛɛ wo nua Aaron no,+ 14 ɛfiri sɛ berɛ a asafo no ne me ham wɔ Sina serɛ so no, meka kyerɛɛ mo sɛ monni me ni wɔ asafo no anim mma wɔnhunu sɛ meyɛ kronkron na momma wɔn nsuo, nanso moyɛɛ asoɔden.+ Wei ne Meriba nsuo+ a ɛwɔ Kades+ wɔ Sina serɛ so+ no.”
15 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: 16 “Yehowa, Onyankopɔn a woma nnipa nyinaa nkwa,* yi ɔbarima bi ma no nni asafo yi anim, 17 ɔbarima a ɔbɛdi wɔn anim akɔ aba, deɛ ɔde wɔn bɛpue akɔ na ɔde wɔn aba mu, na Yehowa asafo no anyɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.” 18 Enti Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Frɛ Nun ba Yosua, ɔbarima a ɔtumi di nnipa anim* no, na fa wo nsa gu ne so.+ 19 Afei fa no bɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasar anim ne asafo no nyinaa anim, na yɛ no ɔkannifoɔ wɔ wɔn anim.+ 20 Na fa wo tumi* no bi ma no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israel asafo no nyinaa bɛtie no.+ 21 Ɔbɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasar anim, na Eleasar bɛgyina n’ananmu de Urim* abisa Yehowa hɔ akwankyerɛ.*+ Sɛ ɔka sɛ wɔmpue nkɔ a wɔbɛkɔ, na ɔka sɛ wɔmmra mu a wɔbɛba, ɔne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa ne asafo no nyinaa.”
22 Enti Mose yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no. Na ɔfrɛɛ Yosua, na ɔde no bɛgyinaa ɔsɔfoɔ Eleasar anim ne asafo no nyinaa anim, 23 na ɔde ne nsa guu ne so yɛɛ no ɔkannifoɔ+ sɛdeɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ no.+
28 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ mfa m’afɔreɛ, kyerɛ sɛ, m’aduane mma me. M’afɔreɛ a wɔde egya hye a ɛyɛ me hwam* no, ɛsɛ sɛ mobɔ ma me wɔ ne berɛ mu.’+
3 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Afɔreɛ a wɔde egya hye a mobɛbɔ ama Yehowa nie: Da biara, momfa adwennini nkumaa mmienu a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ; monyɛ saa daa.+ 4 Momfa odwennini kumaa baako mmɔ afɔreɛ anɔpa, na momfa odwennini kumaa a aka no nso mmɔ afɔreɛ anwummerɛ.*+ 5 Momfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako* a wɔde ngo pa a ɛfiri ngodua* mu hin* nkyɛmu nnan mu baako afra mmɔ aduane afɔreɛ.+ 6 Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ a wɔbɔ no daa;+ Sinai Bepɔ so na wɔyɛɛ ho nhyehyɛeɛ sɛ ɛnyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ma Yehowa, 7 ne nsã hin nkyɛmu nnan mu baako a wɔde bɔ ɛho nsã afɔreɛ ka odwennini kumaa biara ho.+ Monhwie nsã a ɛborɔ no ngu kronkronbea hɔ mfa mmɔ nsã afɔreɛ mma Yehowa. 8 Na momfa odwennini kumaa a aka no mmɔ afɔreɛ anwummerɛ.* Momfa aduane afɔreɛ te sɛ anɔpa deɛ no nka ho, na momfa ɛho nsã afɔreɛ nka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Momfa mmɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye mma Yehowa.+
9 “‘Na sɛ ɛduru Homeda deɛ a,+ momfa adwennini nkumaa mmienu a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔreɛ, na momfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmienu a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔreɛ, na momfa ɛho nsã afɔreɛ nka ho. 10 Wei ne ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɛbɔ no Homeda de aka ɔhyeɛ afɔreɛ a wɔbɔ no daa ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.+
11 “‘Bosome biara da a ɛdi kan no, momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne adwennini nkumaa nson a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa,+ 12 na momfa esiam muhumuhu nkyɛmu du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afra nka nantwinini biara ho mmɔ aduane afɔreɛ,+ na momfa esiam muhumuhu nkyɛmu du mu mmienu a wɔde ngo afra nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔreɛ.+ 13 Na momfa esiam muhumuhu nkyɛmu du mu baako a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔreɛ nka odwennini kumaa biara ho, na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, afɔreɛ hwamhwam,*+ afɔreɛ a wɔde egya hye ma Yehowa. 14 Momfa nsã* hin fã nka nantwinini biara ho mmɔ nsã afɔreɛ,+ momfa nsã hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nka odwennini no ho,+ na momfa nsã hin nkyɛmu nnan mu baako nka odwennini kumaa biara ho mmɔ afɔreɛ.+ Wei ne ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɛbɔ bosome biara, afe no nyinaa. 15 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ mma Yehowa nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.
16 “‘Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 no bɛyɛ Yehowa Twam.+ 17 Bosome no da a ɛtɔ so 15 no bɛyɛ afahyɛ da. Monni paanoo a mmɔka* nnim nnanson.+ 18 Da a ɛdi kan no bɛyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 19 Momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne adwennini nkumaa nson a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ a wɔde egya hye mma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no yɛ mmoa a wɔte apɔ.+ 20 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ ɛho aduane afɔreɛ;+ momfa nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka nantwinini biara ho, na momfa nkyɛmu du mu mmienu nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔreɛ. 21 Momfa nkyɛmu du mu baako nka adwennini nkumaa nson no mu biara ho. 22 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ mpata mma mo bɔne. 23 Mommɔ saa afɔreɛ no nka anɔpa ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa no ho. 24 Da biara mommɔ afɔreɛ no saa kwan yi ara so nnanson mfa nyɛ aduane* afɔreɛ; ɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ma Yehowa. Momfa nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho nsã afɔreɛ no ho. 25 Na da a ɛtɔ so nson no, monyɛ nhyiamu kronkron.+ Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+
26 “‘Na sɛ moredi mo Nnawɔtwe Afahyɛ no+ a, da a mote mo aba a ɛdi kan no,+ sɛ mode hwiit* foforɔ no bi rebɛbɔ aduane afɔreɛ ama Yehowa a,+ monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ 27 Momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne adwennini nkumaa nson a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa.+ 28 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ ɛho aduane afɔreɛ; momfa nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka nantwinini biara ho, na momfa nkyɛmu du mu mmienu nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔreɛ. 29 Momfa nkyɛmu du mu baako nka adwennini nkumaa nson no mu biara ho. 30 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ afɔreɛ mpata mma mo bɔne.+ 31 Momfa nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ no ho. Ɛsɛ sɛ mmoa no yɛ mmoa a wɔte apɔ;+ momfa ɛho nsã afɔreɛ no nka ho.
29 “‘Na bosome a ɛtɔ so nson no, bosome no da a ɛdi kan no, monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ Ɛbɛyɛ ɛda a mode hyɛn totorobɛnto.+ 2 Mommɔ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa. Momfa nantwinini kumaa baako, odwennini baako, ne adwennini nkumaa nson a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔreɛ no. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔ. 3 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ aduane afɔreɛ; momfa efa nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, na momfa nkyɛmu du mu mmienu nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔreɛ. 4 Momfa nkyɛmu du mu baako nka adwennini nkumaa nson no mu biara ho. 5 Afei nso, momfa apɔnkyenini kumaa baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ mpata mma mo bɔne. 6 Monyɛ wei nka ɔhyeɛ afɔreɛ ne ɛho aduane afɔreɛ a wɔbɔ no bosome biara no ho,+ ne ɔhyeɛ afɔreɛ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ+ ne ɛho nsã afɔreɛ no ho,+ sɛdeɛ wɔyɛ no daa no; ɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ma Yehowa.
7 “‘Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, monyɛ nhyiamu kronkron,+ na monni awerɛhoɔ.* Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara.+ 8 Afei momfa nantwinini kumaa baako, odwennini baako, ne adwennini nkumaa nson a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔ.+ 9 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ ɛho aduane afɔreɛ; momfa nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, na momfa nkyɛmu du mu mmienu nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔreɛ no. 10 Momfa nkyɛmu du mu baako nka adwennini nkumaa nson no mu biara ho. 11 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ. Monyɛ wei nka bɔne ho afɔreɛ a wɔde pata ma bɔne,+ ne ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.
12 “‘Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so 15 no, monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. Monhyɛ fã nnanson mma Yehowa.+ 13 Momfa anantwinini nkumaa 13, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ ɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔ.+ 14 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ ɛho aduane afɔreɛ; momfa nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka anantwinini 13 no mu biara ho, na momfa nkyɛmu du mu mmienu nka adwennini 2 no mu biara ho mmɔ aduane afɔreɛ no. 15 Momfa nkyɛmu du mu baako nka adwennini nkumaa 14 no mu biara ho. 16 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ. Monyɛ wei nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.+
17 “‘Na da a ɛtɔ so mmienu no, momfa anantwinini nkumaa 12, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔreɛ. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔ.+ 18 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodoɔ ho, na momfa ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no nka ho. Monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no. 19 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ. Monyɛ wei nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.+
20 “‘Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, momfa anantwinini 11, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔreɛ. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔ.+ 21 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodoɔ ho, na momfa ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no nka ho. Monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no. 22 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ. Monyɛ wei nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.+
23 “‘Na da a ɛtɔ so nnan no, momfa anantwinini 10, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔreɛ. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔ.+ 24 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodoɔ ho, na momfa ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no nka ho. Monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no. 25 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ. Monyɛ wei nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.+
26 “‘Na da a ɛtɔ so nnum no, momfa anantwinini 9, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔreɛ. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔ.+ 27 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodoɔ ho, na momfa ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no nka ho. Monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no. 28 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ. Monyɛ wei nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.+
29 “‘Na da a ɛtɔ so nsia no, momfa anantwinini 8, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔreɛ. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔ.+ 30 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodoɔ ho, na momfa ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no nka ho. Monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no. 31 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ. Monyɛ wei nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.+
32 “‘Da a ɛtɔ so nson no, momfa anantwinini 7, adwennini 2, ne adwennini nkumaa 14 a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔreɛ. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔ.+ 33 Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodoɔ ho, na momfa ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no nka ho. Monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no.* 34 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ. Monyɛ wei nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.+
35 “‘Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, monyɛ nhyiamu titire. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ 36 Momfa nantwinini baako, odwennini baako, ne adwennini nkumaa nson a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ; ɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no nyinaa yɛ mmoa a wɔte apɔ.+ 37 Monhwɛ nantwinini no, ne odwennini no, ne adwennini nkumaa no dodoɔ ho, na momfa ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no nka ho. Monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no. 38 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ. Monyɛ wei nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.+
39 “‘Mommɔ afɔreɛ yi nyinaa mma Yehowa wɔ mo afahyɛ ahodoɔ ase.+ Monyɛ wei nka mo bɔhyɛ afɔreɛ+ ne mo ayamyɛ afɔreɛ+ a mobɔ sɛ mo hyeɛ afɔreɛ+ no ho, ne mo aduane afɔreɛ,+ ne mo nsã afɔreɛ,+ ne mo asomdwoeɛ afɔreɛ+ no ho.’” 40 Na Mose kaa deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no.
30 Na Mose ka kyerɛɛ mpanimfoɔ+ a wɔdeda Israel mmusuakuo ano no sɛ: “Asɛm a Yehowa aka nie: 2 Sɛ ɔbarima hyɛ Yehowa bɔ+ anaa ɔka ntam+ de kyekyere ne ho* sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho a, ɛnsɛ sɛ ɔbu so.+ Deɛ wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nyinaa.+
3 “Na sɛ ɔbaa hyɛ Yehowa bɔ anaa ɔka ntam de kyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho, na sɛ ɔyɛ ababaawa a ɔte ne papa fie, 4 na sɛ ne papa te ne bɔhyɛ no ne ntam a ɔde akyekyere ne ho* sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no, na ne papa anka hwee a, ɛnneɛ ababaawa no bɔhyɛ no nyinaa bɛgyina, na ntam biara a waka de akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no nso bɛgyina. 5 Nanso sɛ ne papa te sɛ wahyɛ bɔ anaa waka ntam de akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho, na papa no ampene so a, ɛrennyina. Na Yehowa de bɛkyɛ ababaawa no, ɛfiri sɛ ne papa ampene so.+
6 “Na sɛ ɔbaa no kaa ntam no anaa ɔperee ne ho hyɛɛ bɔ de kyekyeree ne ho ansa na ɔreware, 7 na sɛ ɛda a ne kunu bɛte ho asɛm no, ne kunu no anka ho hwee a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ no anaa ntam a ɔde akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no bɛgyina. 8 Nanso, ɛda a ɔbaa no kunu bɛte no, sɛ wampene so a, ɛnneɛ sɛ ɔpɛ a, ɔbɛtumi atwa ɔbaa no ntam no mu. Ɔbɛtumi nso atwa ɛbɔ a ɔbaa no peree ne ho hyɛ de kyekyeree ne ho no mu,+ na Yehowa de bɛkyɛ ɔbaa no.
9 “Nanso sɛ ɔbaa kunafoɔ anaa ɔbaa a ne kunu agyaa no awareɛ hyɛ bɔ de kyekyere ne ho a, biribiara a waka no, ɛsɛ sɛ ɔdi so.
10 “Na sɛ berɛ a ɔbaa te ne kunu fie no, ɔhyɛ bɔ anaa ɔka ntam de kyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho, 11 na ne kunu tee nanso wanka ho hwee anaa wantia mu a, ɛnneɛ ɛbɔ biara a ɔhyɛeɛ anaa ntam biara a ɔde kyekyeree ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no bɛgyina. 12 Nanso sɛ ɛda a okunu no tee ɛbɔ a ɔbaa no ahyɛ anaa ntam a ɔkaa sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no, sɛ okunu no twaa ne nyinaa mu a, ɛnneɛ ɛrennyina.+ Ɔbaa no kunu atwa mu, enti Yehowa de bɛkyɛ ɔbaa no. 13 Bɔhyɛ biara anaa ntam biara a ɔbaa de bɛkyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho na ɔde nneɛma bi akame ne ho* no, ɔbaa no kunu na ɔbɛma agyina, na ɔbaa no kunu no ara na ɔbɛtumi atwa mu. 14 Nanso adeɛ rekye a adeɛ resa nyinaa, sɛ ɔbaa no kunu anka ho hwee a, ɛnneɛ na wama ɔbaa no bɔhyɛ nyinaa anaa ɛbɔ biara a wahyɛ sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no agyina. Deɛ enti a wama agyina ne sɛ, ɛda a ɔtee ɔbaa no bɔhyɛ no, wanka ho hwee. 15 Nanso sɛ ɔbarima no te bɔhyɛ no, na wanka ho hwee saa da no, na akyire yi ɔtwa mu a, ɛnneɛ ɔno na ɔbɛsoa ɔbaa no afɔdie ho nsunsuansoɔ no.+
16 “Wei ne ahyɛdeɛ a Yehowa de maa Mose a ɛfa okunu ne ɔyere ho, ne deɛ ɛfa agya ne ne ba ababaawa a ɔte ne fie ho.”
31 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Deɛ Midianfoɔ de yɛɛ Israelfoɔ no,+ yɛ bi tua wɔn ka.+ Wowie a, wɔde wo bɛkɔ akɔka wo nkurɔfoɔ ho.”*+
3 Enti Mose ne ɔman no kasae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyi mmarima bi mfiri mo mu, na momma wɔn akodeɛ na wɔne Midianfoɔ nkɔko, na wɔmfa Yehowa asotwe* mmra Midianfoɔ so. 4 Monyi nnipa 1,000 mfiri Israel abusuakuo biara mu mma wɔnkɔka asraafoɔ no ho.” 5 Enti Israel apem apem mu no,+ wɔyii abusuakuo biara mu nnipa 1,000, na wɔnyaa nnipa 12,000 a wɔkurakura akodeɛ rekɔ ɛko.
6 Ɛnna Mose somaa abusuakuo biara mu nnipa 1,000 a ɔyiyii wɔn no maa wɔkɔkaa asraafoɔ no ho. Wɔkɔkaa Eleasar ba Finehas+ ho. Ɔno na na ɔyɛ asraafoɔ no sɔfoɔ, na ɔno na na nneɛma kronkron ne ntotorobɛnto a wɔbɛhyɛn wɔ ɛko mu no+ hyɛ ne nsa. 7 Na wɔne Midianfoɔ kɔkoe, sɛdeɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no, na wɔkum ɔbarima biara. 8 Na wɔkum Midian ahemfo nso kaa wɔn a wɔkunkum wɔn no ho. Midian ahemfo nnum no din ne Ewi, Rekem, Sur, Hur, ne Reba. Na wɔde sekan kum Beor ba Baalam+ nso. 9 Na Israelfoɔ no kyee Midianfoɔ mmaa ne wɔn mma kɔe. Afei nso, wɔfom wɔn afieboa nyinaa, ne wɔn nyɛmmoa nyinaa, ne wɔn ho nneɛma nyinaa. 10 Wɔn nkuro a wɔtete mu ne wɔn asoɛeɛ* nyinaa, wɔde egya hyee. 11 Na nneɛma a wɔnyaa wɔ ɛko no mu, ne nneɛma a wɔfomoeɛ no, wɔde ne nyinaa kɔe, nnipa ne mmoa nyinaa. 12 Na wɔde wɔn a wɔkyee wɔn no ne nneɛma a wɔfomoeɛ ne nneɛma a wɔnyaa wɔ ɛko no mu nyinaa brɛɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne Israel asafo no nyinaa wɔ wɔn asoɛeɛ hɔ wɔ Moab serɛ so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no.
13 Na Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne asafo no mu mpanimfoɔ nyinaa pue kɔhyiaa wɔn wɔ asoɛeɛ no akyi. 14 Nanso Mose bo fuu mmarima a wɔdeda asraafoɔ no ano no dendeenden, kyerɛ sɛ, asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda apem apem ano ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda ɔhaha ano a na wɔfiri ɛko no mu reba no. 15 Mose bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moama mmaa no nyinaa da so te nkwa mu? 16 Hwɛ! Mmaa yi na Baalam maa wɔdaadaa Israelfoɔ maa wɔyɛɛ bɔne+ tiaa Yehowa wɔ Peor asɛm no mu+ maa ɛkɔfaa ɔhaw baa Yehowa asafo so no.+ 17 Enti monkunkum mmarimaa no nyinaa, na ɔbaa biara a ɔne ɔbarima ada pɛn no, monku no. 18 Nanso mmaayewa a wɔne ɔbarima biara nnaa da no deɛ, momma wɔmfa wɔn ho nni.+ 19 Montena asoɛeɛ no akyi nnanson. Mo mu biara a waku obi,* ne mo mu biara a wasɔ obi a wɔaku no mu no,+ ɔnnwira ne ho+ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa ne ɛda a ɛtɔ so nson no, mo ne wɔn a mokyee wɔn baeɛ no nyinaa. 20 Na ataadeɛ biara, ne adeɛ biara a wɔde aboa nwoma ayɛ, anaa deɛ wɔde apɔnkye nwi ayɛ, ne adeɛ biara a wɔde dua ayɛ no, monnwira ho.”*
21 Na ɔsɔfoɔ Eleasar ka kyerɛɛ asraafoɔ a wɔkɔɔ ɛko no sɛ: “Wei ne mmara a Yehowa de maa Mose, 22 ‘Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, sanyaa,* ne sumpii,* 23 ne adeɛ biara a ɛbɛtumi afa egya mu no, ɛno nko ara na momfa mfa egya mu, na ɛho bɛte. Nanso ɛsɛ sɛ mode ahodwira nsuo no nso te ho.+ Adeɛ biara a ɛntumi mfa egya mu no, momfa mfa nsuo no mu. 24 Na da a ɛtɔ so nson no, monsi mo ntaadeɛ na mo ho nte, na ɛno akyi no, mobɛtumi aba asoɛeɛ hɔ.’”+
25 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26 “Kan nneɛma a wɔde firi ɛko mu baeɛ no na monhunu ne dodoɔ. Kan nnipa a wɔkyee wɔn baeɛ ne mmoa a wɔde wɔn baeɛ no nyinaa. Wo ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne agyanom abusuafie mpanimfoɔ a wɔwɔ asafo no mu na ɛnkan wɔn. 27 Monkyɛ nneɛma a wɔde firi ɛko mu baeɛ no mu mmienu, na momfa fã mma asraafoɔ a wɔkɔɔ ɛko no, na momfa deɛ aka no mma asafo no mufoɔ a aka no nyinaa.+ 28 Gye asraafoɔ a wɔkɔɔ ɛko no hɔ toɔ ma Yehowa. Nnipa 500 biara, gye ɔkra* baako; anantwie 500 biara, gye ɔkra baako; mfunumu 500 biara, gye ɔkra baako, na nnwan 500 biara, gye ɔkra baako. 29 Monyi mfiri kyɛfa a wɔnyaeɛ no mu, na fa ma ɔsɔfoɔ Eleasar sɛ ntoboa a wɔde rema Yehowa.+ 30 Israelfoɔ no kyɛfa no nso, nnipa 50 biara, gye baako; anantwie 50 biara, gye baako; mfunumu 50 biara, gye baako; nnwan 50 biara, gye baako; na afieboa a aka biara, gye 50 biara mu baako. Afei fa ma Lewifoɔ+ a wɔyɛ Yehowa som ntomadan no ho adwuma no.”+
31 Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar yɛɛ deɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no. 32 Nneɛma a nnipa a wɔkɔɔ ɛko no faeɛ, kyerɛ sɛ, deɛ wɔfom de baeɛ no, deɛ ɛkaeɛ no yɛ nnwan 675,000, 33 ne anantwie 72,000, 34 ne mfunumu 61,000. 35 Mmaa a wɔne ɔbarima biara nnaa da no+ dodoɔ yɛ mmaa* 32,000. 36 Berɛ a wɔkyɛɛ nneɛma no mu mmienu no, wɔn a wɔkɔɔ ɛko no nyaa nnwan 337,500 sɛ wɔn kyɛfa. 37 Nnwan no mu dodoɔ a wɔde tuaa toɔ maa Yehowa no yɛ 675. 38 Anantwie a wɔnyaeɛ no dodoɔ yɛ 36,000, na wɔyii mu 72 tuaa toɔ maa Yehowa. 39 Mfunumu a wɔnyaeɛ dodoɔ yɛ 30,500, na wɔyii mu 61 tuaa toɔ maa Yehowa. 40 Nnipa* a wɔnyaeɛ dodoɔ yɛ 16,000, na wɔyii nnipa* no mu 32 tuaa toɔ maa Yehowa. 41 Na Mose de toɔ no maa ɔsɔfoɔ Eleasar sɛ ntoboa a wɔde rema Yehowa,+ sɛdeɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no.
42 Berɛ a Mose kyɛɛ nneɛma a wɔnyaa wɔ ɛko no mu mmienu a ɔde asraafoɔ no kyɛfa maa wɔn no, ɛfã a ɛkɔɔ Israelfoɔ no hɔ no, 43 nnwan no fã a wɔnyaeɛ no yɛ 337,500, 44 anantwie no yɛ 36,000, 45 mfunumu no yɛ 30,500, 46 ɛnna nnipa* no yɛ 16,000. 47 Na nneɛma no fã a ɛkɔɔ Israelfoɔ no hɔ no, Mose gyee 50 biara mu baako, nnipa ne mmoa nyinaa. Na ɔde maa Lewifoɔ+ a wɔyɛ Yehowa som ntomadan no ho adwuma no,+ sɛdeɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no.
48 Ɛnna mmarima a wɔdeda asraafoɔ no ano no,+ kyerɛ sɛ, asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda apem apem ano ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda ɔhaha ano no kɔɔ Mose nkyɛn, 49 na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo nkoa akan asraafoɔ a wɔhyɛ yɛn nsa no, na wɔn mu baako mpo nyerae.+ 50 Enti ma yɛn mu biara mfa deɛ wanya mmɛbɔ afɔreɛ mma Yehowa: biribiara a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, kawa a wɔde to nan, nkapo, ahyɛnsodeɛ nkawa, asomuadeɛ, ne agudeɛ foforɔ biara. Ma wɔmfa weinom mpata mma yɛn* bɔne wɔ Yehowa anim.”
51 Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar gyee sika kɔkɔɔ a wɔde baeɛ no; agudeɛ a wɔde baeɛ no nyinaa, wɔgyee. 52 Na sika kɔkɔɔ a asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda apem apem ano ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda ɔhaha ano no de maa Yehowa sɛ ntoboa no nyinaa dodoɔ yɛ nnwetɛbena* 16,750. 53 Ná asraafoɔ no mu biara afa nneɛma a wɔde firi ɛko mu baeɛ no bi. 54 Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar gyee sika kɔkɔɔ a asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda apem apem ano ne wɔn a wɔdeda ɔhaha ano no de baeɛ no, na wɔde baa ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ mma Israelfoɔ no wɔ Yehowa anim.
32 Ná Rubenfoɔ+ ne Gadfoɔ+ wɔ nyɛmmoa bebree paa, na wɔhuu sɛ Yaser+ asaase ne Gilead asaase yɛ baabi pa a wɔbɛtumi ayɛn mmoa. 2 Enti Gadfoɔ ne Rubenfoɔ no baa Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne asafo no mu mpanimfoɔ no nkyɛn, na wɔbɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: 3 “Atarot ne Dibon ne Yaser ne Nimra ne Hesbon+ ne Eleale ne Sebam ne Nebo+ ne Beon,+ 4 asaase a Yehowa adi so nkonim wɔ Israel asafo no anim+ no yɛ asaase pa a yɛbɛtumi ayɛn mmoa wɔ so, na wo nkoa nso nyɛmmoa dɔɔso paa.”+ 5 Wɔtoaa so kaa sɛ: “Sɛ wobɛpene so a, fa asaase yi ma wo nkoa sɛ yɛn agyapadeɛ. Mma yɛnntwa Yordan.”
6 Ɛnna Mose bisaa Gadfoɔ ne Rubenfoɔ no sɛ: “Mopɛ sɛ mo nuanom kɔko na mo deɛ motena ha? 7 Adɛn nti na mopɛ sɛ mobu Israelfoɔ no aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentwa nkɔ asaase a Yehowa asi no pi sɛ ɔde bɛma wɔn no so? 8 Saa ara na mo agyanom yɛeɛ berɛ a mesomaa wɔn firii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asaase no.+ 9 Berɛ a wɔforo kɔduruu Eskol Bɔn* no ho+ a wɔhuu asaase no, wɔbuu Israelfoɔ no aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkɔ asaase a na Yehowa de bɛma wɔn no so.+ 10 Saa da no, Yehowa bo fuu dendeenden, enti ɔkaa ntam sɛ:+ 11 ‘Mmarima a wɔfiri Egypt baeɛ a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ nyinaa renhunu asaase a mekaa Abraham ne Isak ne Yakob ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ ɛfiri sɛ wɔamfa wɔn akoma nyinaa anni m’akyi. 12 Kaleb,+ Kenisini Yefune ba no, ne Nun ba Yosua+ nko ara na wɔbɛhunu asaase no, ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa dii Yehowa akyi.’+ 13 Enti Yehowa bo fuu Israel dendeenden, na ɔmaa wɔkyinkyinii serɛ so mfeɛ 40+ kɔsii sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a wɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne no nyinaa ase hyeeɛ.+ 14 Seesei, moabɛsi mo agyanom anan sɛ mmarima abɔnefoɔ asefoɔ, na mopɛ sɛ moma Yehowa abufuhyeɛ a ɛwɔ Israelfoɔ so no yɛ kɛse. 15 Sɛ mosan firi n’akyi a, ɔno nso bɛgya wɔn wɔ serɛ no so bio, na ɛba saa a, mode ɔsɛeɛ bɛba ɔman yi nyinaa so.”
16 Akyire yi, wɔsan baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: “Ma yɛmfa aboɔ nyɛ buo mma yɛn nyɛmmoa wɔ ha, na yɛnkyekyere nkuro wɔ ha mma yɛn mma. 17 Yɛn deɛ, yɛayɛ krado sɛ yɛbɛkɔ ɛko,+ na yɛbɛdi Israelfoɔ anim akɔsi sɛ yɛde wɔn bɛduru baabi a wɔrekɔ. Na yɛn mma deɛ, yɛbɛgya wɔn ama wɔatena nkuro a wɔabɔ ho ban mu, na asaase no sofoɔ anyɛ wɔn bɔne. 18 Yɛrensan nkɔ yɛn afie mu kɔsi sɛ Israelni biara bɛnya n’asaase a ɛyɛ n’agyapadeɛ.+ 19 Na agyapadeɛ a wɔbɛnya wɔ Yordan atɔeɛ fam ne akyire no, yɛnka ho, ɛfiri sɛ yɛanya yɛn agyapadeɛ wɔ Yordan apueeɛ fam.”+
20 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ wei: Momfa akodeɛ wɔ Yehowa anim, na monyɛ krado nkɔ ɛko no.+ 21 Sɛ mo mu biara fa akodeɛ, na motwa Yordan no wɔ Yehowa anim na ɔpamo n’atamfo firi n’anim+ 22 kɔsi sɛ mobɛdi asaase no so nkonim wɔ Yehowa anim+ a, ɛnneɛ mobɛtumi asan akɔ mo nkyi,+ na morenni fɔ wɔ Yehowa ne Israel anim. Na asaase yi bɛyɛ mo agyapadeɛ wɔ Yehowa anim.+ 23 Nanso sɛ moanyɛ saa a, ɛnneɛ na moayɛ bɔne atia Yehowa. Ɛba saa a, monhunu sɛ mo bɔne bɛdi mo akyi. 24 Enti mobɛtumi akyekyere nkuro ama mo mma na moayɛ buo ama mo mmoa,+ nanso ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ moaka no.”
25 Na Gadfoɔ ne Rubenfoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo nkoa bɛyɛ deɛ me wura aka no. 26 Yɛn mma ne yɛn yerenom ne yɛn nyɛmmoa ne yɛn afieboa nyinaa bɛtena Gilead nkuro no mu hɔ.+ 27 Na wo nkoa deɛ, yɛbɛtwa akɔ; ɔbarima biara bɛhyehyɛ ne ho akɔ ɛko wɔ Yehowa anim,+ sɛdeɛ me wura aka yi.”
28 Enti Mose kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Eleasar ne Nun ba Yosua ne mpanimfoɔ a wɔdeda Israel mmusuakuo agyanom abusuafie ano no. 29 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Gadfoɔ ne Rubenfoɔ, ɔbarima biara a wahyehyɛ ne ho rekɔ ɛko wɔ Yehowa anim ne mo twa Yordan, na modi asaase no so nkonim a, ɛnneɛ momfa Gilead mma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ.+ 30 Nanso sɛ wɔamfa wɔn akodeɛ na wɔne mo antwa ankɔ a, ɛnneɛ wɔbɛtena mo mu wɔ Kaanan asaase so.”
31 Ɛnna Gadfoɔ ne Rubenfoɔ no kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka akyerɛ wo nkoa no, ɛno na yɛbɛyɛ. 32 Yɛbɛfa yɛn akodeɛ na yɛatwa wɔ Yehowa anim akɔ Kaanan asaase so,+ nanso Yordan agya ha na ɛbɛyɛ yɛn agyapadeɛ.” 33 Enti Mose de Amorifoɔ hene Sihon ahemman+ ne Basan hene Og ahemman,+ ne nsaase a ɛdeda wɔn nkuro no ho, ne nkuro a ɛwowɔ nsaase a atwa ho ahyia so no maa Gadfoɔ ne Rubenfoɔ+ ne Yosef ba Manase abusuakuo fã no.+
34 Gadfoɔ no kyekyeree* Dibon,+ Atarot,+ Aroer,+ 35 Atrot-Sofan, Yaser,+ Yogbeha,+ 36 Bet-Nimra+ ne Bet-Haran,+ nkuro a wɔabɔ ho ban. Na wɔde aboɔ yɛɛ buo maa wɔn mmoa. 37 Na Rubenfoɔ no kyekyeree Hesbon,+ Eleale,+ Kiriataim,+ 38 Nebo,+ ne Baal-Meon,+ a wɔsesaa ne nyinaa din no, ne Sibma. Na nkuro a wɔsan kyekyereeɛ no, wɔmaa no din foforɔ.
39 Na Manase ba Makir+ mma kɔto hyɛɛ Gilead so, na wɔfae, na wɔpamoo Amorifoɔ a na ɛwɔ hɔ no. 40 Enti Mose de Gilead maa Manase ba Makir, na ɔtenaa hɔ.+ 41 Manase ba Yair nso kɔto hyɛɛ wɔn so, na ɔfaa wɔn ntomadan nkuro no, na ɔtoo hɔ din Hawot-Yair.*+ 42 Na Noba kɔto hyɛɛ Kenat ne ɛho nkuro nyinaa so, na ɔfae, na ɔde ɔno ara ne din Noba too so.
33 Wei ne Israelfoɔ akwantuo ho nsɛm, berɛ a Mose ne Aaron dii ɔman no asraafoɔ akuo+ anim firii Egypt asaase so+ no.+ 2 Baabi a wɔtu firiiɛ wɔ wɔn akwantuo no mu biara, Mose yɛɛ ho twerɛtohɔ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no. Mmeaeɛ a wɔtu firiiɛ ne mmeaeɛ a wɔkɔsoɛeɛ nie:+ 3 Bosome a ɛdi kan, bosome no da a ɛtɔ so 15 no,+ wɔtu firii Ramese.+ Ɛda a wɔdii Twam no,+ adeɛ kyeeɛ ara na Israelfoɔ de akokoɔduro* firii Egyptfoɔ no nyinaa anim kɔeɛ. 4 Saa berɛ yi nyinaa, na Egyptfoɔ resie wɔn mmakan a Yehowa kunkum wɔn wɔ wɔn mu no nyinaa,+ ɛfiri sɛ na Yehowa abu wɔn anyame no atɛn.+
5 Enti Israelfoɔ tu firii Ramese, na wɔkɔsoɛɛ Sukot.+ 6 Na wɔtu firii Sukot, na wɔkɔsoɛɛ Etarm+ a ɛwɔ serɛ no ano no. 7 Berɛ a wɔtu firii Etarm no, wɔsan wɔn akyi, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu no,+ na wɔkɔsoɛɛ Migdol anim.+ 8 Ɛno akyi no, wɔtu firii Pihahirot, na wɔkɔfaa ɛpo no mfimfini+ kɔɔ serɛ so,+ na wɔde nnansa twaa kwan faa Etarm serɛ so,+ na wɔkɔsoɛɛ Mara.+
9 Afei wɔtu firii Mara, na wɔkɔduruu Elim. Ná asutire 12 ne mmɛdua 70 wɔ Elim, enti wɔsoɛɛ hɔ.+ 10 Ɛno akyi no, wɔtu firii Elim, na wɔkɔsoɛɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 11 Afei wɔtu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, na wɔkɔsoɛɛ Sin serɛ so.+ 12 Berɛ a wɔtu firii Sin serɛ so no, wɔkɔsoɛɛ Dofka. 13 Akyire yi, wɔtu firii Dofka, na wɔkɔsoɛɛ Alus. 14 Ɛno akyi no, wɔtu firii Alus, na wɔkɔsoɛɛ Refidim.+ Nanso na nsuo biara nni hɔ a nnipa no bɛnom. 15 Afei wɔtu firii Refidim, na wɔkɔsoɛɛ Sinai serɛ so.+
16 Na wɔtu firii Sinai serɛ so, na wɔkɔsoɛɛ Kibrot-Hatawa.+ 17 Berɛ a wɔtu firii Kibrot-Hatawa no, wɔkɔsoɛɛ Haserot.+ 18 Afei wɔtu firii Haserot, na wɔkɔsoɛɛ Ritma. 19 Ɛno akyi no, wɔtu firii Ritma, na wɔkɔsoɛɛ Rimon-Peres. 20 Berɛ a wɔtu firii Rimon-Peres no, wɔkɔsoɛɛ Libna. 21 Na wɔtu firii Libna, na wɔkɔsoɛɛ Risa. 22 Ɛno akyi no, wɔtu firii Risa, na wɔkɔsoɛɛ Kehelata. 23 Berɛ a wɔtu firii Kehelata no, wɔkɔsoɛɛ Sefa Bepɔ so.
24 Afei wɔtu firii Sefa Bepɔ so, na wɔkɔsoɛɛ Harada. 25 Berɛ a wɔtu firii Harada no, wɔkɔsoɛɛ Makelot. 26 Ɛno akyi no, wɔtu+ firii Makelot, na wɔkɔsoɛɛ Tahat. 27 Afei wɔtu firii Tahat, na wɔkɔsoɛɛ Tera. 28 Berɛ a wɔtu firii Tera no, wɔkɔsoɛɛ Mitka. 29 Akyire yi, wɔtu firii Mitka, na wɔkɔsoɛɛ Hasmona. 30 Ɛno akyi no, wɔtu firii Hasmona, na wɔkɔsoɛɛ Moserot. 31 Berɛ a wɔtu firii Moserot no, wɔkɔsoɛɛ Bene-Yaakan.+ 32 Na wɔtu firii Bene-Yaakan, na wɔkɔsoɛɛ Hor-Hagidgad. 33 Ɛno akyi no, wɔtu firii Hor-Hagidgad, na wɔkɔsoɛɛ Yotbata.+ 34 Akyire yi, wɔtu firii Yotbata, na wɔkɔsoɛɛ Abrona. 35 Berɛ a wɔtu firii Abrona no, wɔkɔsoɛɛ Esion-Geber.+ 36 Afei wɔtu firii Esion-Geber, na wɔkɔsoɛɛ Sina serɛ so,+ kyerɛ sɛ, Kades.
37 Akyire yi, wɔtu firii Kades, na wɔkɔsoɛɛ Hor Bepɔ so+ wɔ Edom asaase no hyeɛ so. 38 Na ɔsɔfoɔ Aaron foro kɔɔ Hor Bepɔ so, sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, na ɔwuu wɔ hɔ. Wei yɛ berɛ a Israelfoɔ firii Egypt asaase so no afe a ɛtɔ so 40, bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛdi kan.+ 39 Berɛ a Aaron wuu wɔ Hor Bepɔ so no, na wadi mfeɛ 123.
40 Saa berɛ no, Arad hene+ a ɔyɛ Kaananni a na ɔte Negeb wɔ Kaanan asaase so no tee sɛ Israelfoɔ no reba.
41 Berɛ bi akyi no, wɔtu firii Hor Bepɔ so,+ na wɔkɔsoɛɛ Salmona. 42 Afei wɔtu firii Salmona, na wɔkɔsoɛɛ Punon. 43 Ɛno akyi no, wɔtu firii Punon, na wɔkɔsoɛɛ Obot.+ 44 Berɛ a wɔtu firii Obot no, wɔkɔsoɛɛ Ye-Abarim wɔ Moab hyeɛ so.+ 45 Akyire yi, wɔtu firii Ayim, na wɔkɔsoɛɛ Dibon-Gad.+ 46 Afei wɔtu firii Dibon-Gad, na wɔkɔsoɛɛ Almon-Diblataim. 47 Berɛ a wɔtu firii Almon-Diblataim no, wɔkɔsoɛɛ Abarim mmepɔ so+ wɔ Nebo anim.+ 48 Ne korakora no, wɔtu firii Abarim mmepɔ so, na wɔkɔsoɛɛ Moab serɛ so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no.+ 49 Na wɔkɔɔ so tenaa Yordan ho, ɛfiri Bet-Yesimot kɔsi Abel-Sitim+ tɔnn wɔ Moab serɛ so.
50 Na Yehowa ne Mose kasaa wɔ Moab serɛ so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 51 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Morebɛtwa Yordan akɔ Kaanan asaase so.+ 52 Mompamo nnipa a wɔtete asaase no so nyinaa mfiri mo anim, na monsɛe wɔn aboɔ ahoni nyinaa,+ ne wɔn dadeɛ ahoni* nyinaa,+ na monsɛe wɔn sorɔnsorɔmmea* nyinaa.+ 53 Momfa asaase no na montena so, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara mede bɛma mo sɛ mo agyapadeɛ.+ 54 Mommɔ ntonto+ nkyɛ asaase no mma mo mmusua no sɛ wɔn agyapadeɛ. Ekuo a emufoɔ dɔɔso no, ma wɔn agyapadeɛ nyɛ kɛse, na ekuo a emufoɔ sua no, te wɔn agyapadeɛ so.+ Baabi a obiara ntonto bɛkyerɛ no, ɛhɔ na ɛbɛyɛ n’agyapadeɛ. Mo nsa bɛka mo agyapadeɛ sɛdeɛ mo agyanom mmusuakuo teɛ.+
55 “‘Na sɛ moampamo wɔn a wɔtete asaase no so amfiri mo anim a,+ ɛnneɛ wɔn a mobɛma wɔaka no bɛyɛ sɛ biribi a atɔ mo ani ne kasɛɛ a ɛhyɛ mo mfe mu, na wɔbɛteetee mo wɔ asaase a mobɛtena so no so.+ 56 Na deɛ mayɛ sɛ mede bɛyɛ wɔn no, mo na mede bɛyɛ mo.’”+
34 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Fa akwankyerɛ yi ma Israelfoɔ no sɛ: ‘Sɛ mokɔ Kaanan asaase so a,+ asaase a ɛbɛyɛ mo agyapadeɛ ne Kaanan asaase ne n’ahyeɛ nyinaa.+
3 “‘Mo hyeɛ a ɛwɔ anaafoɔ fam no bɛfa Sina serɛ so wɔ Edom ho, na mo hyeɛ a ɛwɔ anaafoɔ apueeɛ no bɛfiri aseɛ afiri Nkyene Po* no ano nohoa.+ 4 Mo hyeɛ no bɛdane akɔfa Akrabim kokoɔ no+ anaafoɔ fam na atoa so akɔsi Sina, na ɛbɛkɔ akɔpem Kades-Barnea+ anaafoɔ. Afei ɛbɛtoa so akɔ Hasar-Ada,+ na atoa so akɔ Asmon. 5 Ɛhyeɛ no kɔduru Asmon a, ɛbɛdane akɔfa Egypt Subɔn no ho, na ano akɔpem Ɛpo no.*+
6 “‘Mo hyeɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam no ne Ɛpo Kɛseɛ* no mpoano. Ɛno na ɛbɛyɛ mo hyeɛ wɔ atɔeɛ fam.+
7 “‘Wei na ɛbɛyɛ mo hyeɛ wɔ atifi fam: Monsusu mfiri Ɛpo Kɛseɛ no ano nkɔsi Hor Bepɔ ho. 8 Afei monsusu mfiri Hor Bepɔ ho nkɔ Lebo-Hamat,*+ na ɛhyeɛ no ano bɛkɔ akɔpem Sedad.+ 9 Na ɛhyeɛ no bɛtoa so akɔsi Sifron, na ano bɛkɔ akɔpem Hasar-Enan.+ Ɛno na ɛbɛyɛ mo hyeɛ wɔ atifi fam.
10 “‘Na mo hyeɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no, monsusu mfiri Hasar-Enan nkɔsi Sefam. 11 Ɛhyeɛ no bɛfiri Sefam akɔsi Ribla wɔ Ain apueeɛ fam, na ɛbɛsiane akɔtwa mu wɔ nkokoɔ a ɛwɔ Kineret Po*+ no apueeɛ fam. 12 Ɛhyeɛ no bɛtoa so akɔsi Yordan ho, na ano bɛkɔ akɔpem Nkyene Po no ho.+ Ɛno na ɛbɛyɛ mo asaase+ ne ɛho ahyeɛ nyinaa.’”
13 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Wei ne asaase a mobɛbɔ ntonto de akyɛ sɛ mo agyapadeɛ no.+ Saa na Yehowa aka sɛ wɔmfa mma mmusuakuo nkron ne fã no. 14 Ɛfiri sɛ Ruben abusuakuo ne wɔn agyanom abusuafie, ne Gad abusuakuo ne wɔn agyanom abusuafie, ne Manase abusuakuo fã no deɛ, wɔanya wɔn agyapadeɛ dada.+ 15 Mmusuakuo mmienu ne fã yi anya wɔn agyapadeɛ dada wɔ Yordan mpɔtamu wɔ Yeriko apueeɛ fam, baabi a awia pue no.”+
16 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17 “Mmarima a wɔbɛkyɛ asaase no ama mo sɛ mo agyapadeɛ no din nie: Ɔsɔfoɔ Eleasar+ ne Nun ba Yosua.+ 18 Afei monyi ɔpanin baako mfiri abusuakuo biara mu mma wɔnkyɛ asaase no mma mo sɛ mo agyapadeɛ.+ 19 Mmarima no din nie: Yuda abusuakuo mu,+ Yefune ba Kaleb;+ 20 Simeon abusuakuo mu,+ Amihud ba Semuel; 21 Benyamin abusuakuo mu,+ Kislon ba Elidad; 22 Dan abusuakuo mu,+ ɔpanin a wɔyii no ne Yogli ba Buki; 23 Yosef mma mu,+ ɔpanin a wɔyii no firii Manase abusuakuo mu+ ne Efod ba Haniel; 24 Efraim abusuakuo mu,+ ɔpanin a wɔyii no ne Siftan ba Kemuel; 25 Sebulon abusuakuo mu,+ ɔpanin a wɔyii no ne Parnak ba Elisafan; 26 Isakar abusuakuo mu,+ ɔpanin a wɔyii no ne Asan ba Paltiel; 27 Aser abusuakuo mu,+ ɔpanin a wɔyii no ne Selomi ba Ahihud; 28 Naftali abusuakuo mu,+ ɔpanin a wɔyii no ne Amihud ba Pedahel.” 29 Weinom na Yehowa kaa sɛ wɔnkyɛ asaase no mma Israelfoɔ wɔ Kaanan asaase so.+
35 Yehowa ne Mose kasaa wɔ Moab serɛ so, baabi a ɛbɛn Yordan+ wɔ Yeriko no, na ɔkaa sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, agyapadeɛ a wɔbɛnya no, wɔnyi emu nkuro no bi mma Lewifoɔ no ntena mu,+ na wɔmfa nkuro no ho nsaase a mmoa bɛdidi so no mma Lewifoɔ no.+ 3 Wɔbɛtena nkuro no mu, na ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so no, ɛhɔ na wɔde wɔn nyɛmmoa, wɔn nneɛma, ne wɔn mmoa a aka nyinaa nso bɛguo. 4 Nkuro a mode bɛma Lewifoɔ no, ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so no, ɛsɛ sɛ ɛne kuro no fasuo ntam yɛ basafa* 1,000. Monsusu no saa ara ntwa kuro biara ho nhyia. 5 Monsusu kuro biara akyi basafa 2,000 nkɔ apueeɛ fam, monsusu basafa 2,000 nkɔ anaafoɔ fam, monsusu basafa 2,000 nkɔ atɔeɛ fam, na monsusu basafa 2,000 nkɔ atifi fam. Monsusu no saa ara ntwa kuro no ho nhyia. Wei na ɛbɛyɛ wɔn nkuro ho nsaase a mmoa bɛdidi so.
6 “Nkuro a mode bɛma Lewifoɔ no, emu 6 bɛyɛ dwankɔbea nkuro+ a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ,+ ne nkuro foforɔ 42. 7 Nkuro a mode bɛma Lewifoɔ no nyinaa bɛyɛ 48, ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so.+ 8 Nkuro a mode bɛma Lewifoɔ no, monnye mfiri Israelfoɔ agyapadeɛ mu.+ Ekuo a ɛnyaa pii no, monnye pii mfiri wɔn hɔ, na ekuo a ɛnyaa kakraa bi no, monnye kakraa bi mfiri wɔn hɔ.+ Ekuo biara nhwɛ agyapadeɛ a ɔnyaeɛ ho na ɔnyi ne nkuro no bi mma Lewifoɔ no.”
9 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Morebɛtwa Yordan akɔ Kaanan asaase so.+ 11 Monyi nkuro a ɛyɛ ma mo, na momfa nyɛ dwankɔbea nkuro. Sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, ɛhɔ na ɔnnwane nkɔ.+ 12 Saa nkuro yi bɛyɛ dwankɔbea ama mo, na deɛ wɔaku no no busuani*+ nsa anka mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wakum nipa no renwu kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm.+ 13 Dwankɔbea nkuro nsia a mobɛyi no, ɛno na mode bɛdi saa dwuma no. 14 Monyi nkuro mmiɛnsa wɔ Yordan fã ha,+ na monyi mmiɛnsa wɔ Kaanan asaase so+ na momfa nyɛ dwankɔbea nkuro. 15 Nkuro nsia yi bɛyɛ dwankɔbea ama Israelfoɔ, ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu,+ ne wɔn a wɔatu abɛtena wɔn mu. Sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, ɔnnwane nkɔ hɔ.+
16 “‘Nanso sɛ dadeɛ na ɔde bɔɔ no maa no wuiɛ a, ɛnneɛ ɔyɛ wudini. Sɛdeɛ ɛteɛ biara, monkum wudini no.+ 17 Sɛ ɛboɔ a ɛbɛtumi akum nipa na ɔto bɔɔ no maa no wuiɛ a, ɛnneɛ ɔyɛ wudini. Sɛdeɛ ɛteɛ biara, monkum wudini no. 18 Na sɛ dua a ɛbɛtumi akum nipa na ɔde bɔɔ no maa no wuiɛ a, ɛnneɛ ɔyɛ wudini. Sɛdeɛ ɛteɛ biara, monkum wudini no.
19 Deɛ wɔaku no no busuani na ɔbɛkum wudini no. Ɔhyia no a, ɔnku no. Sɛ ɔhyia wudini no a, ɔno ara na ɛsɛ sɛ ɔku no. 20 Sɛ ne ho tan nti na ɔpiaa no, anaa adwemmɔne nti* na ɔtoo adeɛ bɔɔ no maa no wuiɛ,+ 21 anaa ɔtan nti na ɔde ne nsa bɔɔ no maa no wuiɛ a, ɛnneɛ deɛ ɔde ne nsa bɔɔ no no, sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔnku no. Ɔyɛ wudini. Sɛ deɛ wɔaku no no busuani hyia wudini no a, ɔnku no.
22 “‘Nanso sɛ wanhyɛ da anaa ɛnyɛ ne ho tan nti na ɔpiaa no anaa ɛnyɛ adwemmɔne nti* na ɔtoo biribi bɔɔ no,+ 23 anaa wanhu no na ɔmaa ɛboɔ bɛhwee ne so maa no wuiɛ, na sɛ ɔntan no anaa ɔmpɛ no bɔne a, 24 ɛnneɛ asafo no nnyina saa akwankyerɛ yi so mmu deɛ wakum nipa no ne deɛ wɔaku no no busuani* no ntam atɛn.+ 25 Na asafo no nnye deɛ wakum nipa no mfiri deɛ wɔaku no no busuani no nsam, na wɔnsan mfa no nkɔ dwankɔbea kuro a ɔdwane kɔɔ mu no mu, na ɛsɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ ɔsɔfo panin a wɔde ngo kronkron asra no+ no bɛwu.
26 “‘Nanso sɛ deɛ wakum nipa no tra dwankɔbea kuro a wadwane kɔ mu no hyeɛ, 27 na deɛ wɔaku no no busuani no hyia no wɔ dwankɔbea kuro a ɔwɔ mu no hyeɛ akyi, na deɛ wɔaku no no busuani no ku no a, ɔnni mogya ho fɔ. 28 Ɛfiri sɛ anka ɛsɛ sɛ ɔtena dwankɔbea kuro a ɔwɔ mu no mu kɔsi sɛ ɔsɔfo panin no bɛwu. Nanso sɛ ɔsɔfo panin no wu a, deɛ wakum nipa no bɛtumi asan akɔ n’asaase so.+ 29 Wei bɛyɛ mmara a mo ne mo nkyirimma nyinaa de bɛbu atɛn wɔ baabi a mote biara.
30 “‘Obiara a ɔbɛkum nipa* no, wɔnnyina adansefoɔ+ adanseɛ* so nku no,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ wudini. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔgyina onipa baako pɛ adanseɛ so kum obiara.* 31 Owudini a ɔfata owuo deɛ, ɛnsɛ sɛ mogye agyedeɛ biara de gye no nkwa.* Sɛdeɛ ɛteɛ biara, monku no.+ 32 Na sɛ obi dwane kɔ dwankɔbea kuro bi mu a, ɛnsɛ sɛ mogye agyedeɛ biara na moma no kwan ma ɔsan kɔ n’asaase so ansa na ɔsɔfo panin no awu.
33 “‘Ɛnsɛ sɛ mode fĩ ka asaase a mote so no, ɛfiri sɛ mogya na ɛma asaase ho gu fĩ.+ Sɛ obi hwie mogya gu wɔ asaase no so a, morentumi mfa biribiara mpata, gye deɛ ɔhwiee mogya guiɛ no mogya.+ 34 Ɛnsɛ sɛ mogu asaase a mote so a me nso mete so no ho fĩ, ɛfiri sɛ me, Yehowa, mete Israelfoɔ mu.’”+
36 Manase ba Makir+ ba Gilead abusua no mu mpanimfoɔ, a wɔn nyinaa yɛ Yosef mma mmusua baa Mose ne Israel mpanimfoɔ a wɔyɛ wɔn mmusua mu mpanimfoɔ anim, na wɔbɛkaa asɛm bi kyerɛɛ wɔn. 2 Wɔkaa sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ me wura sɛ ɔmmɔ ntonto mfa nkyɛ asaase no+ mma Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ. Na Yehowa ka kyerɛɛ me wura sɛ ɔmfa yɛn nua Selofehad agyapadeɛ mma ne mma mmaa.+ 3 Sɛ wɔware mmarima firi Israel abusuakuo foforɔ mu a, mmaa no agyapadeɛ no bɛfiri yɛn agyanom agyapadeɛ mu akɔka abusuakuo a wɔakɔware wom no deɛ ho. Ɛba saa a, ɛbɛfiri agyapadeɛ a wɔbɔɔ ntonto de maa yɛn no mu. 4 Na sɛ Israelfoɔ Ahofadie Afe+ no duru a, wɔde mmaa no agyapadeɛ bɛka mmusuakuo a wɔakɔware wom no agyapadeɛ ho. Ɛba saa a, wɔbɛyi wɔn agyapadeɛ no afiri yɛn agyanom mmusuakuo agyapadeɛ mu.”
5 Ɛnna Mose nam Yehowa asɛm so ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ: “Asɛm a Yosef mma abusuakuo aka no yɛ nokorɛ. 6 Asɛm a Yehowa reka akyerɛ Selofehad mma mmaa no ne sɛ: ‘Wɔbɛtumi aware obiara a wɔpɛ. Nanso ɛsɛ sɛ wɔware obi a ɔfiri wɔn agyanom abusuakuo mmusua no bi mu. 7 Ɛnsɛ sɛ Israelfoɔ agyapadeɛ firi abusuakuo baako mu kɔ abusuakuo foforɔ mu, na Israelni biara nkura n’agyanom abusuakuo agyapadeɛ mu. 8 Ɔbaa biara a ɔbɛnya agyapadeɛ wɔ Israel abusuakuo mu no, ɛsɛ sɛ ɔware obi a ɔfiri ne papa abusuakuo mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israelfoɔ nananom agyapadeɛ bɛka wɔn nsam. 9 Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo baako mu kɔ abusuakuo foforɔ mu, na Israel abusuakuo biara nkura n’agyapadeɛ mu.’”
10 Na Selofehad mma mmaa no yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.+ 11 Enti Selofehad mma mmaa+ a wɔn din de Mahla, Tirsa, Hogla, Milka, ne Noa no warewaree wɔn papa nuanom mma mmarima. 12 Wɔwarewaree Yosef ba Manase mmusua mu mmarima, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn agyapadeɛ bɛka wɔn papa abusua abusuakuo mu.
13 Wei ne ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a Yehowa nam Mose so de maa Israelfoɔ wɔ Moab serɛ so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no.+
Nt., “Israel mma.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “ɔyɛ hɔhoɔ,” kyerɛ sɛ, obi a ɔnyɛ Lewini.
Anaa “obiara nsi wɔ baabi a ne frankaa wɔ.”
Anaa “wɔhwɛ bɔ Adanseɛ ntomadan no ho ban; wɔyɛ wɔn adwuma wɔ Adanseɛ ntomadan no mu.”
Anaa “ahyɛnsodeɛ.”
Anaa “Israelfoɔ retu.”
Anaa “Israelfoɔ retu.”
Anaa “Lewifoɔ asoɛeɛ.”
Anaa “mmusuakuo a aka no asoɛeɛ.”
Anaa “Israelfoɔ retu.”
Anaa “Israelfoɔ retu.”
Nt., “awoɔ ntoatoasoɔ.”
Nt., “de tumi hyɛɛ wɔn nsa sɛ.”
Nt., “ɔhɔhoɔ biara,” kyerɛ sɛ, ɔbarima a ɔmfiri Aaron abusua mu.
Nt., “mmakan a wɔbue yafunu ano.”
Anaa “ntwamutam.”
Anaa “ntwamutam.”
Anaa “ntwamutam.”
Anaa “ntwamutam.”
Nt., “Ɔhɔhoɔ biara,” kyerɛ sɛ, obi a ɔnyɛ Lewini.
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena kronkron ano no.”
Gerah baako yɛ gram 0.57. Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “ano.”
Anaa “Israelfoɔ no retu.”
Aboa bi a ɔwɔ nsuo mu.
Anaa “sradeɛ nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa sradeɛ a adi afra.
Nt., “adesoa.”
Anaa “Kohatfoɔ no ba hɔ.”
Anaa “ntwamutam.”
Anaa “ɔkra bi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔkra.”
Nt., “Wɔnka.”
Nt., “wɔn.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Efa nkyɛmu du mu baako yɛ lita 2.2 (ɛnnuru olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa awodeɛ ho.
Anaa “nfɔn.” Ɛbɛtumi akyerɛ sɛ ɔrenwo.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa awodeɛ ho.
Anaa “afɔn.” Ɛbɛtumi akyerɛ sɛ ɔrenwo.
Anaa “Ɛnyɛ hɔ! Ɛnyɛ hɔ!”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa awodeɛ ho.
Anaa “afɔn.” Ɛbɛtumi akyerɛ sɛ ɔrenwo.
Hebri, na·zir′. Ɛkyerɛ, “Deɛ Wɔayi No Asi Hɔ; Deɛ Wɔahyira Ne So.”
Anaa “oyiwan ka ne ti.”
Anaa “ɔbɛn.”
Anaa “ɔkra.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ne ti a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini no ho gu fĩ.”
Anaa “ɔkra.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Anaa “ne ti a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini no.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “Yehowa mma n’anim nhyerɛn wɔ wo so.”
Anaa “nantwinini.”
Anaa “buee ano.”
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena kronkron ano no.”
Anaa “kyɛnsee ketewa.”
Anaa “buee ano.”
Nt., “no.”
Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”
Nt., “Aaron nhim Lewifoɔ no,” kyerɛ sɛ, ɔnhim wɔn nkɔ benkum ne nifa.
Nt., “him wɔn,” kyerɛ sɛ, him wɔn kɔ benkum ne nifa.
Nt., “wohim wɔn,” kyerɛ sɛ, wohim wɔn kɔ benkum ne nifa.
Anaa “Israelfoɔ mmakan a wɔbue yafunu ano.”
Nt., “him wɔn,” kyerɛ sɛ, him wɔn kɔɔ benkum ne nifa.
Nt., “anwummerɛ mmienu no ntam.”
Nt., “anwummerɛ mmienu no ntam.”
Anaa “onipa kra.”
Anaa “onipa kra.”
Anaa “ɔkra.”
Nt., “anwummerɛ mmienu no ntam.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Anaa “wɔntwa.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”
Kyerɛ sɛ, Yetro.
Anaa “wobɛtumi ayɛ yɛn aniwa.”
Ɛkyerɛ, “Ɛrehye,” kyerɛ sɛ, egya a ɛresɛe adeɛ; egya a ɛredɛre.
Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔnyɛ Israelfoɔ a na wɔka wɔn ho no.
Anaa “anowatere.”
Anaa “yɛn kra.”
Ɛyɛ aduhwam bi a ɛte sɛ kurobo.
Anaa “ɔbarima a ɔgyegye abɔfra.”
Anaa “wonim sɛ; wonim wɔn sɛ.”
Anaa “wɔfirii aseɛ hyɛɛ nkɔm.”
Nnomaa bi a wɔte sɛ nkokɔhwedeɛ.
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Homar baako yɛ lita 220 (bɛyɛ olonka 73). Hwɛ Nkh. B14.
Ɛkyerɛ, “Akɔnnɔ Asieeɛ.”
Anaa “ɔbrɛ ne ho ase paa sene onipa biara wɔ asaase so.”
Nt., “Me fie nyinaa, wakyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ.”
Nt., “ano ne ano.”
Anaa “mento aborɔme nkyerɛ no.”
Anaa “Yehosua,” ɛkyerɛ “Yehowa Ne Nkwagyeɛ.”
Nt., “sradeɛ.”
Nt., “afɔn.”
Anaa “Hamat kwan ano.”
Anaa “Subɔn.”
Anaa “pomegranate.”
Ɛkyerɛ, “Bobe Esia.”
Anaa “Subɔn.”
Anaa “wɔyɛ Nefilimfoɔ asefoɔ.”
Nt., “ɛfiri sɛ wɔyɛ paanoo ma yɛn.”
Nt., “te sɛ onipa baako.”
Nt., “wɔ honhom foforɔ.”
Anaa “asaasetraa no so.”
Nt., “memaa me nsa so.”
Nt., “adwaman a mobɔeɛ.”
Anaa “me a mode me yɛɛ mo tamfo no.”
Anaa “ɛyɛ deɛ ɛdwodwo akoma; ɛyɛ deɛ ahomeka wom.”
Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.
Efa nkyɛmu du mu baako yɛ lita 2.2 (ɛnnuru olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “bobesa.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “paanoo.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “wɔntwa.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “montwa no ntwene.”
Anaa “awoɔ ntoatoasoɔ.”
Kyerɛ sɛ, wɔdi akyire bɔ adwaman wɔ honhom fam, anaa wɔsom anyame foforɔ.
Anaa “wopɛ sɛ wohyɛ yɛn so?”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “woyɛ ɔhonam nyinaa ahonhom Nyankopɔn.”
Anaa “ɛnyɛ me ara m’akoma.”
Anaa “Sɛ nnipa yi to wɔn kɔn wu.”
Nt., “asaase bue n’anom.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “asaase buee n’anom.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔyɛɛ wɔn ankasa kra bɔne.”
Nt., “ɔyɛ hɔhoɔ.”
Anaa “wɔbɛbisa mo.”
Nt., “ɔyɛ hɔhoɔ,” kyerɛ sɛ, ɔbarima a ɔmfiri Aaron abusua mu.
Nt., “ɔyɛ hɔhoɔ,” kyerɛ sɛ, ɔbarima a ɔmfiri Aaron abusua mu.
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Kyerɛ sɛ, biribiara a wɔahyira so ama Onyankopɔn a wɔrentumi ntwe nsan na wɔrentumi nnye bio ma enti abɛyɛ kronkron ama Onyankopɔn no.
Nt., “Ɔhonam nyinaa.”
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena kronkron ano no.”
Gerah baako yɛ gram 0.57. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Kyerɛ sɛ, apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛrensesa da.
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “bobesa.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “nnware ne honam.”
Nt., “nnware ne honam.”
Anaa “onipa kra biara funu.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “onipa kra biara funu.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔtwa.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “akra.”
Anaa “wɔntwa.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “pomegranate.”
Ɛkyerɛ, “Ɔham.”
Nt., “nna.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “basa a ɛyɛ den.”
Ɛyɛ kasakoa a ɛgyina hɔ ma owuo.
Nt., “wɔbɛboaboa n’ano na wawu wɔ hɔ.”
Anaa “Israel fie.”
Ɛkyerɛ, “Ɔsɛeɛ.”
Anaa “nkurɔfoɔ no kra.”
Anaa “bɔn yɛn kra.”
Anaa “awɔ a wɔka a, ɛhyehye sɛ egya.”
Anaa “ɔwɔ a ɔka a, ɛhyehye sɛ egya.”
Anaa “Subɔn.”
Anaa “nsubɔn.”
Anaa “nsubɔn.”
Nt., “abɔn no ano.”
Anaa “Monto dwom mma no.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “anwea pradadaa; serɛ so.”
Anaa “bobeturo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nantwinini.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Eufrate.
Nt., “Wɔakata asaase ani.”
Nt., “akata asaase ani.”
Nt., “n’afunumu bedeɛ.”
Nt., “buee afunumu bedeɛ no ano.”
Anaa “me kra nwu.”
Anaa “wanu ne ho.”
Anaa “wuram nantwie.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “anwea pradadaa; serɛ.”
Nt., “ɛyɛ wɔ ani so.”
Anaa “subɔn.”
Anaa “n’aseni.”
Anaa “wuram nantwie.”
Nt., “deɛ ɛfiri m’akomam.”
Anaa “wɔ nna no awieeɛ.”
Anaa “Moab asontorɔm.”
Nt., “Kain.”
Anaa “de ne ho bɔɔ.”
Anaa “atitire.”
Nt., “awia anim.”
Anaa “wɔde wɔn ho kɔbɔɔ.”
Nt., “buee n’anom.”
Anaa “Hwɛ edin a wotwerɛeɛ no dodoɔ ho.”
Anaa “ne ho nipa a ɔne no firi mogya baako mu.”
Ɛyɛ kasakoa a ɛgyina hɔ ma owuo.
Nt., “woyɛ ɔhonam nyinaa ahonhom Nyankopɔn.”
Nt., “ɔbarima a honhom wɔ ne mu.”
Anaa “w’animuonyam.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “atemmuo.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Nt., “anwummerɛ mmienu no ntam.”
Efa nkyɛmu du mu baako yɛ lita 2.2 (ɛnnuru olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “ngodua aba a wɔawɔ de ayɛ ngo.”
Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Nt., “anwummerɛ mmienu no ntam.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “bobesa.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Nt., “paanoo.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “momma mo kra nni awerɛhoɔ.” “Awerɛhoɔ” a wɔreka ho asɛm wɔ ha no, nkurɔfoɔ te aseɛ sɛ, obi de nneɛma bi bɛkame ne ho, na wakyene ne ho kɔm mpo.
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “wɔyɛ no daa ma wɔn no.”
Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”
Anaa “ɔde asɛm bi kyekyere ne kra.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛteetee ne kra.”
Ɛyɛ kasakoa a ɛgyina hɔ ma owuo.
Anaa “awerɛdie.”
Anaa “asoɛeɛ a wɔato ho fasuo.”
Anaa “ɔkra bi.”
Anaa “monnwira ho mfiri bɔne ho.”
Ɛyɛ dadeɛ bi a wɔde yɛ kyɛnsee.
Ɛyɛ dadeɛ bi a emu yɛ duru.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “akra.”
Anaa “Nnipa akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “nnipa akra.”
Anaa “yɛn akra.”
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Subɔn.”
Anaa “san kyekyeree.”
Ɛkyerɛ, “Yair Ntomadan Nkuro.”
Nt., “nsa a wɔama so.”
Anaa “ahoni a wɔaguo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awuo.
Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛseɛ, Mediterranea.
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.
Anaa “Hamat kwan ano.”
Kyerɛ sɛ, Genesaret tadeɛ, anaa Galilea Po.
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ɔkra bi.”
Anaa “mogya ho werɛdifoɔ.”
Anaa “ɔkra bi.”
Nt., “ɔkɔtɛ no.”
Nt., “wankɔtɛ no.”
Anaa “mogya ho werɛdifoɔ.”
Anaa “ɔkra.”
Nt., “anom.”
Anaa “ɔkra biara.”
Anaa “ne kra.”