SAMUEL NHOMA A ƐTO SO ABIEN
1 Saul wu akyi a Dawid kodii Amalekfo so nkonim* bae no, Dawid san bɛtenaa Siklag+ nnanu. 2 Ne nnansa so no, ɔbarima bi fi Saul asraafo no mu bae, na ɔreba no, na wasuan n’ataade mu de dɔte agu ne tirim. Bere a oduu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase de n’anim butuw fam.
3 Dawid bisaa no sɛ: “Ɛhe na wufi reba yi?” Na obuae sɛ: “Israel asraafo mu na mifi a maguan aba ha yi.” 4 Dawid bisaa no sɛ: “Nneɛma kɔɔ so dɛn? Mesrɛ wo, ka kyerɛ me.” Na ɔkae sɛ: “Asraafo no aguan afi akono, na wɔn mu pii awuwu; Saul ne ne ba Yonatan nso awu.”+ 5 Ɛnna Dawid bisaa aberante a ɔbɛkaa asɛm no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wuhui sɛ Saul ne ne ba Yonatan awu?” 6 Ɛnna aberante no kae sɛ: “Mikopuee Gilboa Bepɔw so,+ na mihui sɛ Saul tweri ne peaw. Ná asraafo a wɔka nteaseɛnam ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no ato no awie.+ 7 Bere a otwaa n’ani a ohuu me no, ɔfrɛɛ me, na migyee so sɛ, ‘Mini!’ 8 Ɛnna obisaa me sɛ, ‘Wufi he?’ Na mekae sɛ, ‘Meyɛ Amalekni.’+ 9 Afei ɔkae sɛ, ‘Mesrɛ wo, bɛn me na kum me, na merehu amane paa nanso minwui.’* 10 Enti mebɛn no kum no,+ efisɛ sɛnea na wapira da hɔ no, mihui sɛ ɔrennya nkwa. Afei mituu n’ahemmotiri na miyii ne nkapo sɛ mede rebrɛ me wura.”
11 Ɛnna Dawid soo n’ataade mu suan mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yɛɛ saa. 12 Esiane sɛ na Saul ne ne ba Yonatan ne Yehowa man ne Israel fi awuwu+ wɔ sekan ano nti, wosu bɔɔ bena, na wɔyɛɛ akɔnkyen*+ kosii anwummere.
13 Dawid bisaa aberante a ɔbɛkaa asɛm no sɛ: “Wufi he?” Na obuae sɛ: “Amalekni bi a wabɛsoɛ ɔman yi mu ba ne me.” 14 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Adɛn nti na woansuro sɛ wode wo nsa bɛka nea Yehowa asra no?”+ 15 Afei Dawid frɛɛ mmerante no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ no so kokum no.” Enti ɔkɔɔ no so kokum no.+ 16 Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mogya begu wo ara wo ti so efisɛ w’ankasa w’ano na adi adanse atia wo sɛ, ‘Me na mikum nea Yehowa asra no no.’”+
17 Afei Dawid twaa Saul ne ne ba Yonatan ho awerɛhow dwom,*+ 18 na ɔkae sɛ awerɛhow dwom yi a wɔakyerɛw wɔ Yasar nhoma mu+ a wɔato din “Agyan” no, wɔnkyerɛ Yudafo no:
19 “O Israel, w’ahoɔfɛfo na awuwu wɔ wo mmepɔw so yi.+
Hwɛ sɛnea akatakyi ahwehwe ase!
Mommmɔ no dawuru wɔ Askelon mmɔnten so,
Anyɛ saa a Filistifo mma mmea ani begye,
Na momonotofo* mma mmea bedi ahurusi.
Mma obosu anaa osu nntɔ nngu mo so,
Na mma nneɛma mmfifi mo nsaase so mma wɔmmfa nnyi ntoboa kronkron,+
Efisɛ ɛhɔ na akatakyi kyɛm ho guu fĩ;
Saul kyɛm no, afei de,
ɛrenyɛ nea wɔde ngo asra ho bio.
22 Yonatan agyan anni huammɔ,+
Na Saul sekan nso antow amfom,+
Ehwiee akofo mogya gui, na edii akatakyi nam.
23 Bere a Saul ne Yonatan+ te ase no, na nkurɔfo dɔ wɔn na wɔpɛ wɔn asɛm,*
Owu mu nso, wɔn mu antetew.+
24 O Israel mma mmea, munsu Saul;
Ɔno na ɔde ntama kɔkɔɔ furaa mo na ɔde afɛfɛde nyinaa bi hyɛɛ mo;
Ɔno na ɔde sika kɔkɔɔ agude guu mo ntaade so.
25 Hwɛ sɛnea akatakyi ahwehwe ase wɔ ɔko mu!
Hwɛ sɛnea Yonatan atɔ fam wɔ wo bepɔw so!+
Ɔdɔ a na wodɔ me no yɛ nwonwa; ɛsen mmea dɔ koraa.+
27 Hwɛ sɛnea akatakyi ahwehwe ase
Na akode asɛe!”
2 Ɛno akyi no, Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ Yuda nkurow no bi mu anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wubetumi akɔ.” Ɛnna Dawid san bisae sɛ: “Ɛhe na menkɔ?” Na ɔkae sɛ: “Kɔ Hebron.”+ 2 Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam+ ne Abigail+ a bere bi na ɔware Karmelni Nabal no. 3 Dawid de mmarima a wɔka ne ho+ no nso kɔe, obiara ne n’abusua, na wɔkɔtenatenaa Hebron nkurow mu. 4 Ɛnna Yuda mmarima baa hɔ, na wɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda fi so.+
Nkurɔfo bɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yebes-Gileadfo na wosiee Saul.” 5 Enti Dawid tuu abɔfo kɔɔ Yebes-Gilead mmarima nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhyira mo sɛ moada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ mo wura Saul, na moasie no.+ 6 Na afei ma Yehowa nna ɔdɔ a enni huammɔ adi nkyerɛ mo na onni mo nokware. Nea moayɛ yi nti, me nso mɛda ayamye adi akyerɛ mo.+ 7 Afei monhyɛ mo nsam den na munnya akokoduru, efisɛ mo wura Saul awu, na Yuda fi asra me de me asi wɔn so hene.”
8 Nanso saa bere no, na Ner ba Abner+ a ɔyɛ Saul asraafo no so sahene no afa Saul ba Is-Boset+ de no atwa asubɔnten no kɔ Mahanaim,+ 9 na na wasi no hene wɔ Gileadfo,+ Asurifo, Yesreelfo,+ Efraimfo,+ Benyaminfo, ne Israelfo nyinaa so. 10 Bere a Saul ba Is-Boset bedii Israel so hene no, na wadi mfe 40, na odii hene mfe abien. Yuda fi de, na wɔwɔ Dawid afã.+ 11 Mfe* a Dawid de dii Yuda fi so hene wɔ Hebron no yɛ mfe ason ne abosome asia.+
12 Akyiri yi, Ner ba Abner ne Saul ba Is-Boset nkoa fii Mahanaim+ kɔɔ Gibeon.+ 13 Na Seruia+ ba Yoab+ ne Dawid nkoa nso fii adi, na wokohyiae wɔ Gibeon ɔtare no ho; wɔtenatenaa ase, eyinom wɔ ɔtare no fã ha, na eyinom nso wɔ ɔtare no fã ha. 14 Afei Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Yɛmma mmerante no nsɔre na wɔmfa nsi ani* mma yɛnhwɛ.” Ɛnna Yoab kae sɛ: “Ma wɔnsɔre ɛ.” 15 Enti obiara kan ne nnipa na wobegyinaa anim; Benyamin ne Saul ba Is-Boset nkurɔfo yɛ 12, na Dawid asomfo nso yɛ 12. 16 Sɛ obiara so ne yɔnko ti a, na ɔde ne sekan awɔ ne mfem, na wɔn nyinaa abom awu. Enti wɔfrɛɛ hɔ Helkat-Hasurim a ɛwɔ Gibeon.
17 Eyi akyi no, ntɔkwaw a ɛkɔɔ so saa da no mu yɛɛ den paa. Abner ne Israel mmarima dii nkogu wɔ Dawid nkoa no anim. 18 Saa bere no, na Seruia mma mmarima baasa no+ wɔ hɔ, Yoab,+ Abisai,+ ne Asahel;+ ná Asahel nan ase yɛ hare sɛ adowa a ɔwɔ wuram. 19 Asahel tuu mmirika dii Abner akyi, na wampɛ sɛ ɔman kɔ Abner nifa anaa ne benkum. 20 Bere a Abner twaa n’ani hwɛɛ n’akyi no, obisae sɛ: “Ɛyɛ wo Asahel anaa?” Na obuae sɛ: “Ɛyɛ me.” 21 Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa w’ani kyerɛ nifa anaa benkum kɔkyere mmerante no baako, na nea wubenya wɔ ne ho biara fa.” Nanso Asahel annyae n’akyi di. 22 Enti Abner san ka kyerɛɛ Asahel sɛ: “Gyae m’akyi di, anyɛ saa a mekum wo. Ɛba saa a, mɛyɛ dɛn atumi ahwɛ wo nua Yoab anim?” 23 Nanso wansan. Enti Abner de ne peaw no to wɔɔ ne yam+ maa peaw no puee n’akyi, na ɔhwee fam wui amonom hɔ ara. Obiara du faako a Asahel hwee fam wui no a, na wagyina hɔ.
24 Ɛnna Yoab ne Abisai soo mmirika mu dii Abner akyi. Bere a owia rekɔtɔ no, wobeduu Amma bepɔw so. Sɛ obi rekɔ Gibeon sare so a, ɛne Gia di nhwɛanim. 25 Ɛhɔ na Benyaminfo no boaboaa wɔn ho ano sɛ kuw baako kogyinaa Abner akyi wɔ koko bi so. 26 Ɛnna Abner teɛɛm ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Enti sekan bedi nam akosi da bɛn? Wunnim sɛ awerɛhow na ɛde bɛba? Ɛnde da bɛn na wobɛka akyerɛ nkurɔfo no sɛ wonnyae wɔn nuanom akyi di?” 27 Ɛnna Yoab kae sɛ: “Sɛ́ nokware Nyankopɔn no te ase yi, sɛ woankasa mu a, anka gye sɛ anɔpa na obiara begyae ne nua akyi di.” 28 Afei Yoab bɔɔ abɛn, na ne mmarima no gyaee Israelfo no akyi di, na ɔko no baa awiei.
29 Abner ne ne mmarima nso siim kɔfaa Araba+ anadwo no nyinaa, na wokotwaa Yordan, na wɔnantew faa bon no mu* kopuee Mahanaim.+ 30 Bere a Yoab gyaee Abner akyi di no, ɔboaboaa nnipa no nyinaa ano. Wohui sɛ wuyi Asahel fi mu a, na wɔahwere Dawid nkoa no mu nnipa 19. 31 Nanso na Dawid nkoa no adi Benyaminfo ne Abner mmarima no so nkonim; wokunkum wɔn mmarima no mu 360. 32 Wɔfaa Asahel+ kosiee no wɔ ne papa amusiei wɔ Betlehem.+ Ɛnna Yoab ne ne mmarima no nantew anadwo no nyinaa, na wokoduu Hebron+ anɔpatutuutu.
3 Ntɔkwaw a ɛbɛdaa Saul fi ne Dawid fi ntam no kyɛe; Dawid kɔɔ so nyaa ahoɔden,+ na nkakrankakra Saul fi ahoɔden kɔɔ fam.+
2 Dawid woo mma mmarima wɔ Hebron.+ N’abakan ne Amnon+ a ɔne Yesreelni Ahinoam+ woo no no. 3 Abigail+ a bere bi na ɔware Karmelni Nabal no ba Kileab na ɔto so abien. Nea ɔto so abiɛsa ne Absalom+ a ɔyɛ Gesur hene Talmai+ babea Maaka ba no. 4 Nea ɔto so anan ne Hagit ba Adoniya,+ na nea ɔto so anum ne Abital ba Sefatia. 5 Nea ɔto so asia ne Dawid yere Egla ba Yitream. Eyinom na Dawid woo wɔn wɔ Hebron.
6 Bere a Saul fi ne Dawid fi ntam ntɔkwaw no rekɔ so nyinaa, na Abner+ refa kwan bi so ama ne dibea ayɛ kɛse wɔ Saul fi. 7 Ná Saul wɔ mpena* bi a ne din de Rispa+ a ɔyɛ Aiya babea. Akyiri yi, Is-Boset+ bisaa Abner sɛ: “Adɛn nti na wo ne me papa mpena no dae?”+ 8 Asɛm a Is-Boset kae no nti Abner bo fuwii denneennen, na ɔkae sɛ: “Meyɛ ɔkraman ti a efi Yuda abusua mu anaa? Ɔdɔ a enni huammɔ na mede adɔ wo papa Saul fi, ne nuanom, ne ne nnamfo abesi nnɛ, na memfaa wo nhyɛɛ Dawid nsa, nanso ɛnnɛ worebɔ me sobo wɔ ɔbea ho. 9 Sɛ manyɛ nea Yehowa kaa ntam kyerɛɛ Dawid no+ amma Dawid a, Onyankopɔn ntua Abner ka na ɔmfa bi nka ho. 10 Mɛma nea ɔkae no aba mu. Ɔkae sɛ ɔbɛma ahenni no afi Saul fi, na wama Dawid ahengua atim wɔ Israel ne Yuda so fi Dan akosi Beer-Seba.”+ 11 Na wantumi ammue n’ano anka biribiara ankyerɛ Abner bio, efisɛ na osuro no.+
12 Ɛhɔ ara na Abner tuu abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn kobisaa no sɛ: “Hena na asaase no yɛ ne dea?” Ɔka kaa ho sɛ: “Wo ne me nyɛ apam, na mɛyɛ nea metumi biara* ama Israel nyinaa aba w’afã.”+ 13 Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Asɛmpa! Me ne wo bɛyɛ apam. Ade baako pɛ na merebisa afi wo hɔ. Ɛne sɛ, mma m’anim, gye sɛ wode Saul babea Mikal+ abrɛ me ansa na woabehu me.” 14 Afei nso, Dawid tuu abɔfo kɔɔ Saul ba Is-Boset+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa me yere Mikal ma me, me yere a mede adanse bɛkyerɛe sɛ makum Filistifo mmarima 100* ansa na wɔde no rema me aware no.”+ 15 Enti Is-Boset soma ma wɔkɔfaa no fii ne kunu Paltiel+ a ɔyɛ Lais ba no nkyɛn bae. 16 Bere a wɔde no reba no, ne kunu no nso dii n’akyi; osu dii n’akyi ara koduu Bahurim.+ Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: “San w’akyi kɔ!” Na ɔsan kɔe.
17 Saa bere no, na Abner de nkra akɔma Israel mpanyimfo sɛ: “Dedaadaw nyinaa, na mopɛ sɛ Dawid di mo so hene. 18 Enti afei monkeka mo ho, efisɛ Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: ‘Menam m’akoa Dawid+ so na ebegye me man Israel afi Filistifo ne me man atamfo nyinaa nsam.’” 19 Ɛnna Abner ne Benyaminfo+ nso kasae. Ɛno akyi no, Abner ankasa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron, na ɔkɔkaa agyina a Israel ne Benyamin fi nyinaa atu no kyerɛɛ no.
20 Bere a Abner ne mmarima 20 baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron no, Dawid tow pon maa Abner ne mmarima a wɔka ne ho no. 21 Ɛnna Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma menkɔboaboa Israel nyinaa ano mmra me wura ɔhene nkyɛn na wɔne wo nyɛ apam, na woadi nea wopɛ* nyinaa so hene.” Enti Dawid gyaa Abner kwan ma ɔde asomdwoe kɔe.
22 Emu hɔ ara na Dawid nkoa ne Yoab beduu hɔ. Saa bere no, na wɔakɔko de nneɛma pii aba. Ná Abner afi Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔ, efisɛ na Dawid agya no kwan ma ɔde asomdwoe kɔ. 23 Bere a Yoab+ ne asraafo a wɔka ne ho no nyinaa bedui no, nkurɔfo bɛbɔɔ Yoab amanneɛ sɛ: “Ner+ ba Abner+ baa ɔhene nkyɛn, na wagya no kwan ma ɔde asomdwoe kɔ.” 24 Ɛnna Yoab kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔkae sɛ: “Dɛn na woayɛ yi? Enti Abner aba wo nkyɛn, ɛnna woagyaa no ama wafa ne ho adi? 25 Wo ara wunim Ner ba Abner! Ɔbae sɛ ɔrebɛdaadaa wo na wahu anammɔn a woretu ne biribiara a woreyɛ.”
26 Ɛnna Yoab fii Dawid nkyɛn, na otuu abɔfo sɛ wontiw Abner nkɔfrɛ no mmra, na wɔne no fii Sira abura no ho san bae, nanso na Dawid nnim ho hwee. 27 Bere a Abner san baa Hebron no,+ Yoab de no kɔɔ kurow pon no ano sɛ ɔrekɔka asɛm bi akyerɛ no wɔ kokoam. Nanso ɔde peaw wɔɔ ne yam wɔ hɔ ma owui.+ Ne nua Asahel a okum no* nti na ɔyɛɛ saa.+ 28 Akyiri yi a Dawid tee no, ɔkae sɛ: “Me ne m’ahenni nni Ner ba Abner mogya ho fɔ+ wɔ Yehowa anim da. 29 Ma ɛnsan mmegu Yoab ne ne papa fi nyinaa ti so.+ Mma ɔbarima a ɔyare,*+ ɔkwatani,+ ɔbarima a ɔto asaawa,* onipa a obewu wɔ sekan ano anaa nea aduan abɔ no+ mmpa Yoab fi da!” 30 Nea enti a Yoab ne ne nua Abisai+ kum Abner+ ne sɛ, okum wɔn nua Asahel wɔ Gibeon ko no mu.+
31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: “Munsunsuan mo ntaade mu, na mumfura awerɛhow ntama* na munsu Abner.” Ɔhene Dawid nso dii amu no akyi. 32 Wosiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene maa ne nne so sui wɔ Abner amusiei hɔ, na ɔman no nyinaa nso sui. 33 Ɛnna ɔhene twaa Abner ho awerɛhow dwom sɛ:
“Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Abner wu owu a ntease nnim?
Wokum wo sɛ obi a nnipabɔnefo* nsa aka no.”+
Ɛnna ɔman no nyinaa suu no bio.
35 Akyiri yi, ɔman no nyinaa brɛɛ Dawid aduan sɛ wɔde rebɛkyekye ne werɛ* saa da no, nanso Dawid kaa ntam sɛ: “Sɛ mididi anaa mede biribi ka m’ano ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔmfa bi nka ho!”+ 36 Ɔman no nyinaa hui, na wɔn ani gyee ho. Eyi ne biribi foforo biara a ɔhene yɛe no, ɔman no nyinaa ani gyee ho. 37 Enti saa da no, Dawid nkurɔfo nyinaa ne Israel nyinaa hui sɛ ɛnyɛ ɔhene na ɔma wokum Ner ba Abner.+ 38 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Munnim sɛ ɛnnɛ okunini ne ɔkatakyi na wawu wɔ Israel yi?+ 39 Ɛnnɛ wɔasra me asi me hene,+ nanso minni tumi a mede bɛyɛ biribi atia Seruia mma yi;+ wɔn ani yɛ den dodo.+ Yehowa ntua ɔbɔnefo ka sɛnea ne bɔne te.”+
4 Bere a Saul ba Is-Boset*+ tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no,+ ehu kaa no,* na Israelfo nyinaa nso yɛɛ basaa. 2 Ná Saul ba no wɔ asahene baanu a wɔda asraafo akuw bi a wɔtow hyɛ nkurɔfo so gye wɔn nneɛma ano. Ɔbaako din de Baanah, na ɔbaako nso din de Rekab; wɔyɛ Beerotni Rimon, Benyamin aseni no mma. (Bere bi, na wobu Beerot+ nso sɛ ɛka Benyamin asaase ho. 3 Beerotfo no guan kɔɔ Gitaim+ kɔyɛɛ ahɔho wɔ hɔ, na wɔatena hɔ abesi nnɛ.)
4 Ná Saul ba Yonatan+ wɔ ɔbabarima bi a ɔyɛ obubuafo.*+ Bere a wɔde nkra fi Yesreel+ bɛkaa nea ato Saul ne Yonatan no, na wadi mfe anum, na ɔbea a ɔhwɛ no no faa no sɛ ɔde no reguan. Bere a ɔbea no de ahopopo reguan no, abofra no hwee fam, na ɔbɛyɛɛ obubuafo. Ne din de Mefiboset.+
5 Beerotni Rimon mma Rekab ne Baanah kɔɔ Is-Boset fi awia ketee; saa bere no, na wada regye n’ahome. 6 Bere a wɔrekɔ ofie hɔ no, wɔyɛɛ wɔn ho sɛ mmarima a wɔrekɔfa hwiit, na wɔde ade wɔɔ ne yam. Ɛnna Rekab ne ne nua Baanah+ guanee a obiara anhu wɔn. 7 Bere a wɔkɔɔ ofie hɔ no, na ɔda ne mpa so wɔ pia mu, na wɔde ade wɔɔ no kum no, na wotwaa ne ti. Wɔde ne ti no sii kwan so nantew anadwo no nyinaa kɔfaa Araba kwan so. 8 Na wɔde Is-Boset+ ti no kɔmaa Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo tamfo Saul+ a na ɔrepɛ wo akum wo* no+ ba Is-Boset ti ni. Ɛnnɛ, Yehowa atua Saul ne n’asefo so ka ama me wura ɔhene.”
9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Beerotni Rimon mma no, Rekab ne ne nua Baanah sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ogyee me* fii ahohia nyinaa mu+ no te ase yi, 10 bere a obi bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, Saul awu’+ a ɛyɛɛ no sɛ wabɛka asɛmpa no, misoo ne mu kum no+ wɔ Siklag. Ɛno ne akatua a onya fii me hɔ! 11 Na sɛ nnipabɔnefo kokum ɔtreneeni wɔ ɔno ara ne fi wɔ ne mpa so a, wɔn na mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn anaa? Meremmisa ne mogya mfi mo nsam+ na merenyi mo mfi asaase so anaa?” 12 Ɛnna Dawid ka maa ne mmerante no kum wɔn.+ Wotwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, ɛnna wɔkɔsɛn wɔn+ wɔ Hebron ɔtare no ho. Is-Boset ti no de, wɔfa kosiei wɔ Abner amusiei hɔ wɔ Hebron.
5 Akyiri yi, Israel mmusuakuw nyinaa behyiaa Dawid wɔ Hebron+ bɛkae sɛ: “Hwɛ, yɛyɛ wo dompe ne wo honam.*+ 2 Efi tete a Saul di hene nyinaa, wo na na wudi Israel anim de wɔn kɔ ɔko;*+ ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wubedi Israel anim.’”+ 3 Enti Israel mpanyimfo nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn yɛɛ apam+ Yehowa anim wɔ Hebron. Ɛnna wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.+
4 Dawid bedii hene no, na wadi mfe 30, na odii ade mfe 40.+ 5 Odii Yuda so hene mfe 7 ne abosome 6 wɔ Hebron, na odii Yuda ne Israel nyinaa so hene mfe 33 wɔ Yerusalem.+ 6 Ɛnna ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem sɛ wɔne Yebusifo+ a wɔtete asaase no so no rekɔko, nanso wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi mma ha da! Anifuraefo ne mpakye na wɔbɛpam wo.” Adwene a wonyae ne sɛ: ‘Dawid remma ha.’+ 7 Nanso, Dawid ko faa Sion abannennen a seesei wɔfrɛ hɔ Dawid Kurow no.+ 8 Ɛnna Dawid kae saa da no sɛ: “Wɔn a wɔbɛtow ahyɛ Yebusifo so no, ma wɔmfa suka no mu nkokunkum ‘mpakye ne anifuraefo’ a Dawid kyi wɔn* no!” Ɛno nti na wɔka sɛ: “Onifuraefo ne apakye remma ofie hɔ da” no. 9 Afei Dawid kɔtenaa abannennen no mu, na wɔfrɛɛ hɔ* Dawid Kurow. Na Dawid fii ase sisii adan wɔ Esiw no*+ so ne mmeae foforo wɔ kurow no mu.+ 10 Enti Dawid kɔɔ so yɛɛ den,+ na asafo Nyankopɔn Yehowa dii n’akyi.+
11 Tiro hene Hiram+ tuu abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn, de sida nnua+ ne dua adwumfo ne abantofo kaa ho kɔe, na wofii ase sii ofi* maa Dawid.+ 12 Dawid behui sɛ Yehowa ama n’ahenni atim wɔ Israel so,+ na Onyankopɔn man Israel nti,+ wama n’ahenni so.+
13 Bere a Dawid fi Hebron bae no, ɔsan faa mpenafo,*+ na ɔwaree yerenom foforo wɔ Yerusalem, na Dawid san woo mma mmarima ne mma mmea wɔ hɔ nso.+ 14 Ne mma a ɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no din ni: Sammua, Sobab, Natan,+ Solomon,+ 15 Ibhar, Elisua, Nefeg, Yafia, 16 Elisama, Eliada, ne Elifelet.
17 Bere a Filistifo no tee sɛ wɔasra Dawid asi no hene wɔ Israel so no,+ wɔn nyinaa bae sɛ wɔne Dawid rebɛko.+ Dawid tee no, ɔkɔɔ abannennen no mu.+ 18 Ɛnna Filistifo no bae, na wɔbɛnantenantew Refaim Bon no mu.*+ 19 Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ Filistifo no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa?” Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ, na ɔkwan biara so mede Filistifo no bɛhyɛ wo nsa.”+ 20 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na Dawid kokunkum wɔn wɔ hɔ. Ɛnna ɔkae sɛ: “Yehowa adi m’anim abu afa m’atamfo so+ sɛnea nsu bu fa nneɛma so no.” Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Baal-Perasim*+ no. 21 Filistifo no gyaw wɔn anyame hɔ kɔe, na Dawid ne ne mmarima no sesaw kɔe.
22 Akyiri yi, Filistifo no san bae, na wɔbɛnantenantew Refaim Bon no mu.*+ 23 Ɛnna Dawid bisaa Yehowa, nanso ɔkae sɛ: “Nkohyia wɔn. Kɔ na kofi wɔn akyi bra, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka* nnua no anim. 24 Ɛba sɛ wote nnyigyei a ɛte sɛ nnipadɔm nantew wɔ baka nnua no so a, keka wo ho saa bere no, efisɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ Yehowa adi w’anim rekokunkum Filistifo asraafo no.” 25 Enti Dawid yɛɛ nea Yehowa kae no pɛpɛɛpɛ, na okunkum Filistifo no+ fi Geba*+ de kɔe ara kosii Geser.+
6 Dawid san boaboaa Israel mmarima a wonim ko paa no nyinaa ano; ná wɔyɛ 30,000. 2 Ɛnna Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no nyinaa siim kɔɔ Baale-Yuda sɛ wɔrekɔfa nokware Nyankopɔn a ɔte kerubim so*+ no Adaka no aba.+ Adaka no anim na nkurɔfo bɔ asafo Yehowa din.+ 3 Nanso bere a wɔkɔfaa nokware Nyankopɔn no Adaka no fii Abinadab fi+ a ɛwɔ koko so no, teaseɛnam foforo bi so na wɔde sii,+ na Abinadab mma Ussa ne Ahio na wodii teaseɛnam foforo no anim.
4 Enti wɔde nokware Nyankopɔn no Adaka no fii Abinadab fi a ɛwɔ koko so no sii kwan so kɔe, na Ahio dii Adaka no anim. 5 Dawid ne Israel fi nyinaa de nnwonto nneɛma nyinaa bi a wɔde ɔpopaw nnua ayɛ dii ahurusi kɛse wɔ Yehowa anim; ebi ne asanku,+ asankuten, mpintin,+ nnawuru,*+ ne nnwonto nneɛma foforo a wɔwosow. 6 Nanso bere a woduu Nakon* awiporowbea hɔ no, Ussa teɛɛ ne nsa soo nokware Nyankopɔn no Adaka no mu,+ efisɛ anka anantwi no redan ahwe hɔ. 7 Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuw Ussa, na nokware Nyankopɔn no bɔɔ no hwee fam+ sɛ ɔyɛɛ aniammɔnho saa,+ na owui wɔ nokware Nyankopɔn no Adaka no ho. 8 Ɛnna Dawid bo fuwii* sɛ Yehowa abufuw apae agu Ussa so. Wɔfrɛɛ hɔ Peres-Ussa,* na saa na wɔafrɛ hɔ de besi nnɛ. 9 Ɛmaa Dawid suroo Yehowa+ saa da no, na ɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa adaka no aba me nkyɛn?”+ 10 Enti Dawid amfa Yehowa Adaka no amma ne nkyɛn wɔ Dawid Kurow+ mu. Mmom ɔma wɔde kɔɔ Gatni Obed-Edom fi.+
11 Yehowa Adaka no kaa Gatni Obed-Edom fi abosome abiɛsa, na Yehowa kɔɔ so hyiraa Obed-Edom ne ne fi nyinaa.+ 12 Wɔbɛbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ sɛ: “Nokware Nyankopɔn no Adaka no nti, Yehowa ahyira Obed-Edom fi ne nea ɔwɔ nyinaa.” Ɛnna Dawid de ahurusi kɔfaa nokware Nyankopɔn no Adaka no fii Obed-Edom fi sɛ ɔde rekɔ Dawid Kurow mu.+ 13 Bere a wɔn a wɔso Yehowa Adaka no+ tuu anammɔn asia no, ɔde nantwinini ne aboa a wadɔ srade bɔɔ afɔre.
14 Saa bere no, na Dawid hyɛ nwera efɔd,* na na Dawid de n’ahoɔden nyinaa resaw wɔ Yehowa anim.+ 15 Dawid ne Israel fi nyinaa bɔɔ ose+ na wɔhyɛn mmɛn+ de Yehowa Adaka no+ bae. 16 Nanso bere a wɔde Yehowa Adaka no duu Dawid Kurow mu no, Saul babea Mikal+ hwɛɛ mfɛnsere mu hui sɛ Ɔhene Dawid rehuruhuruw saw twa ne ho wɔ Yehowa anim, na obuu ɔhene animtiaa wɔ ne komam.+ 17 Enti wɔde Yehowa Adaka no bae, na wɔde besii ne sibea wɔ ntamadan a Dawid si maa no no mu.+ Ɛnna Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre+ ne asomdwoe afɔre+ wɔ Yehowa anim.+ 18 Bere a Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no wiei no, ɔde asafo Yehowa din hyiraa ɔman no. 19 Bio nso, ɔmaa ɔmanfo no, Israel man mu no nyinaa, ɔbarima ne ɔbea biara, paanoo a wɔabɔ no sɛ kawa baako ne nkeresia* aba keeki ne bobe keeki, na ɛno akyi no, ɔmanfo no nyinaa kɔɔ wɔn afi mu.
20 Bere a Dawid san kɔe sɛ ɔrekɔsrɛ nhyira ama ne fi no, Saul babea Mikal+ pue behyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Anuonyam bɛn ara na Israel hene ahyɛ ne ho nnɛ yi sɛ wapa ne ho wɔ n’asomfo mfenaa anim sɛnea mmarima ahuhufo no bi pa ne ho nyinaa no!”+ 21 Ɛnna Dawid buaa Mikal sɛ: “Midii ahurusi wɔ Yehowa anim; ɔno na ɔpoo wo papa ne ne fi nyinaa bɛpaw me de me yɛɛ Yehowa man Israel kannifo.+ Enti medi ahurusi bio wɔ Yehowa anim. 22 Mɛbrɛ me ho ase akyɛn saa koraa, na mabu me ho famfamni. Na mfenaa a wokaa wɔn ho asɛm no, wɔn anim na menya anuonyam.” 23 Enti Saul babea Mikal+ de, wanwo ba kosii sɛ owui.
7 Bere a ɔhene bɛtenaa ne fi,*+ na Yehowa maa ne ho dwoo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam no, 2 ɔhene ka kyerɛɛ odiyifo Natan+ sɛ: “Hwɛ, me de, mete ofi a wɔde sida nnua asi mu,+ nanso nokware Nyankopɔn no Adaka no si ntamadan mu.”+ 3 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Nea ɛda wo koma so biara, kɔ na kɔyɛ, na Yehowa di w’akyi.”+
4 Saa anadwo no ara, Yehowa ka kyerɛɛ Natan sɛ: 5 “Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Wo na wubesi ofi ama matena mu anaa?+ 6 Efi da a miyii Israelfo fii Egypt bae de besi nnɛ, mentenaa ofi mu da,+ ntamadan mu ara na matena; mitu fi* ha a, na mekɔ ha.+ 7 Efi bere a me ne Israelfo* nyinaa nantewee yi, da bɛn na mibisaa Israel mmusuakuw mu mpanyimfo a mepaw wɔn sɛ wɔnyɛn me man no mu baako mpo sɛ ‘Adɛn nti na momfaa sida dua nsii ofi mmaa me?’”’ 8 Afei ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Me na miyii wo fii mmoa adidibea sɛ gyae mmoa so hwɛ+ na bedi me man Israel anim.+ 9 Baabiara a wobɛkɔ nso medi w’akyi,+ na mɛpra* w’atamfo nyinaa afi w’anim,+ na mama woanya din kɛse+ te sɛ asaase so atitiriw. 10 Mesiesie baabi ama me man Israel na mede wɔn akodua hɔ; ɛhɔ na wɔbɛtena, na biribiara renhaw wɔn adwene bio. Amumɔyɛfo biara renhyɛ wɔn so bio sɛ kan no,+ 11 te sɛ bere a mede atemmufo sisii me man Israel so no.+ Mɛma wo ho adwo wo w’atamfo nyinaa nsam.+
“‘“Afei nso, Yehowa aka akyerɛ wo sɛ ofi* na Yehowa bɛkyekye ama wo.+ 12 Sɛ wo nkwa nna ba awiei+ na wo ne w’agyanom kɔda a, w’akyi no mɛma w’aseni* bi so, w’ankasa wo ba,* na mɛma n’ahenni atim.+ 13 Ɔno na obesi ofi ama me din,+ na mɛma n’ahengua atim afebɔɔ.+ 14 Mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba.+ Sɛ ɔyɛ bɔne nso a, mede nnipa poma ne adasamma* mmaa bɛteɛ no.+ 15 Merenyi me dɔ a enni huammɔ mfi no so sɛnea miyi fii Saul so+ na mituu no ade so wɔ w’anim no. 16 Wo fi ne w’ahenni betim wɔ w’anim afebɔɔ, na w’ahengua nso betim afebɔɔ.”’”+
17 Natan kaa nsɛm yi ne anisoadehu no nyinaa kyerɛɛ Dawid.+
18 Ɛnna Ɔhene Dawid bɛtenaa Yehowa anim, na ɔkae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa, me ne hena? Na me fi yɛ dɛn a wode me abedu ha yi?+ 19 O Awurade Tumfo Yehowa, eyi nyinaa akyi, woasan aka nea daakye-daakye ɛbɛba w’akoa fi so; na eyi ne akwankyerɛ* a wode ama adasamma nyinaa, O Awurade Tumfo Yehowa. 20 Dɛn bio na w’akoa Dawid nka nkyerɛ wo, O Awurade Tumfo Yehowa? Efisɛ wunim me yiye.+ 21 W’asɛm ne nea wo koma pɛ* nti na woayɛ nneɛma akɛse yi nyinaa, na woama w’akoa ahu.+ 22 O Awurade Tumfo Yehowa, ɛno kyerɛ sɛ woyɛ kɛse ampa.+ Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ nea yɛde yɛn aso ate afa wo ho nyinaa kyerɛ saa. 23 Na ɔman bɛn bio na ɛwɔ asaase so a ɛte sɛ wo man Israel?+ O Onyankopɔn, wugyee wɔn de wɔn yɛɛ wo man,+ na woyɛɛ anwonwade akɛse a ɛyɛ hu+ maa wɔn de gyee din.+ Wo man a wugyee wɔn fii Egypt no, wɔn nti wopam amanaman no ne wɔn anyame. 24 Wode wo nkurɔfo Israel atim hɔ sɛ wɔnyɛ wo man afebɔɔ,+ na wo, Yehowa na woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.+
25 “Afei Yehowa Nyankopɔn, ma ɛbɔ a woahyɛ w’akoa ne ne fi no ntim afebɔɔ, na yɛ sɛnea woaka no.+ 26 Ma wo din nyɛ kɛse daa,+ na nkurɔfo nka sɛ, ‘Asafo Yehowa ne Onyankopɔn a odi Israel so,’ na ma w’akoa Dawid ase ntim wɔ w’anim.+ 27 Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn, wo na woayi no adi akyerɛ w’akoa sɛ, ‘Mɛkyekye ofi* ama wo.’+ Ɛno nti na w’akoa anya akokoduru* rebɔ wo saa mpae yi. 28 Na afei, Awurade Tumfo Yehowa, wone nokware Nyankopɔn no, wo nsɛm yɛ nokware,+ na nneɛma pa yi nyinaa, wo na wode ahyɛ w’akoa bɔ. 29 Enti ma ɛnyɛ wo fɛ na hyira w’akoa fi na ɛntena w’anim daa,+ efisɛ wo, Awurade Tumfo Yehowa, wo na woahyɛ bɔ, na wo nhyira nti, ma nhyira mmra w’akoa fi so daa.”+
8 Akyiri yi, Dawid dii Filistifo no so nkonim+ brɛɛ wɔn ase,+ na Dawid gyee Meteg-Amma fii Filistifo no nsam.
2 Odii Moabfo so nkonim,+ na ɔma wɔdedaa fam. Ɔde susuhama susuw wɔn mu nkyem abien sɛ wonkunkum wɔn, na osusuw nkyem baako sɛ wɔntena nkwa mu.+ Na Moabfo bɛyɛɛ Dawid nkoa a wotua tow ma no.+
3 Dawid dii Soba hene Hadadeser a ɔyɛ Rehob ba no so nkonim.+ Saa bere no, na Hadadeser resan akɔko agye Asubɔnten Eufrate ho nkurow no adi so tumi.+ 4 Dawid ko faa n’asraafo 1,700 a wɔtete apɔnkɔ so ne n’asraafo 20,000 a wɔnam fam. Ɛnna Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa srɛ akyi ntini ma ɛkaa apɔnkɔ no mu 100.+
5 Bere a Siriafo a wɔwɔ Damasko+ no bae sɛ wɔrebɛboa Soba hene Hadadeser no, Dawid kunkum Siriafo mmarima 22,000.+ 6 Afei Dawid de asraafodɔm koguu Siriafo a wɔwɔ Damasko no asaase so, na Siriafo bɛyɛɛ Dawid nkoa a wotua tow ma no. Baabiara a Dawid kɔe no, Yehowa ma odii nkonim.*+ 7 Afei nso, Dawid gyee sika kɔkɔɔ akyɛm fii Hadadeser asomfo hɔ, na ɔde baa Yerusalem.+ 8 Hadadeser nkurow Beta* ne Berota nso, Ɔhene Dawid faa kɔbere bebree fii hɔ kɔe.
9 Hamat+ hene Toi* tee sɛ Dawid adi Hadadeser asraafodɔm no nyinaa so nkonim.+ 10 Enti Toi somaa ne ba Hadoram kɔɔ Ɔhene Dawid nkyɛn sɛ onkobisa no sɛnea ne ho te, na ɔmma no amo sɛ ɔne Hadadeser ako adi no so nkonim, na ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne kɔbere nneɛma nyinaa bi kɔmaa no. (Nea ɛwom ne sɛ, na Hadadeser taa ne Toi di ako.) 11 Ɔhene Dawid hyiraa nneɛma yi nyinaa so maa Yehowa. Saa ara na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ogye fii amanaman a odii wɔn so nkonim no nyinaa nkyɛn nso, ohyiraa so;+ 12 onya fii Siria ne Moab,+ Ammonfo, Filistifo,+ ne Amalekfo+ nsam, ne Soba hene Rehob ba Hadadeser+ hɔ. 13 Bere a Dawid kokunkum Edomfo 18,000 wɔ Nkyene Bon no mu+ bae no, ɛma ogyee din. 14 Ɔde asraafodɔm koguu Edom; ɔde asraafodɔm no koguu Edom baabiara, na Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa.+ Baabiara a Dawid kɔe no, Yehowa ma odii nkonim.*+
15 Dawid kɔɔ so dii Israel nyinaa so hene;+ Dawid buu atɛn na odii asɛntrenee+ maa ne man nyinaa.+ 16 Ná Seruia ba Yoab+ na ɔda asraafo no ano, na Ahilud ba Yehosafat+ nso ne ɔhene krakye. 17 Ahitab ba Sadok+ ne Abiatar ba Ahimelek na na wɔyɛ asɔfo, na na Seraia ne ɔkyerɛwfo. 18 Ná Yehoiada ba Benaia+ na ɔda Keretifo ne Peletifo+ no ano, na Dawid mma no nso yɛ ɔman asoafo.*
9 Ɛnna Dawid bisae sɛ: “Obi da so ara wɔ Saul fi a Yonatan nti metumi ada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ no anaa?”+ 2 Ná Saul fi akoa bi wɔ hɔ a ne din de Siba.+ Enti wɔkɔfrɛɛ no brɛɛ Dawid, na ɔhene bisaa no sɛ: “Wone Siba?” Na ɔkae sɛ: “Yiw, ɛyɛ w’akoa.” 3 Ɔhene bisaa no sɛ: “Obi aka wɔ Saul fi a metumi ada Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ no anaa?” Ɛnna Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Yonatan babarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ obubuafo.”*+ 4 Ɔhene bisaa no sɛ: “Ɔwɔ he?” Ɛnna Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔwɔ Amiel ba Makir+ fi wɔ Lo-Debar.”
5 Ntɛm ara na Ɔhene Dawid soma ma wɔkɔfaa no fii Amiel ba Makir fi wɔ Lo-Debar bae. 6 Bere a Saul ba Yonatan ba Mefiboset beduu Dawid nkyɛn no, ɛhɔ ara na ɔkotow de n’anim butuw fam. Ɛnna Dawid kae sɛ: “Mefiboset!” Na ogyee so sɛ: “W’akoa ni.” 7 Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, na wo papa Yonatan nti mɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wo.+ Mede wo nana Saul asaase nyinaa bɛma wo, na wubedidi* wɔ me pon so daa.”+
8 Ɛnna ɔbɔɔ ne mu ase kae sɛ: “W’akoa ne hena a woatwa w’ani abɛhwɛ ɔkraman funu+ te sɛ me?” 9 Afei ɔhene frɛɛ Saul somfo Siba, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Biribiara a ɛyɛ Saul ne ne fi nyinaa de no, mede ama wo wura banana no.+ 10 Wo ne wo mma ne wo nkoa, monnɔw asaase no mma no, na fa ɛso nnɔbae ma wo wura banana fifo, na wonnya wɔn ano aduan. Nanso wo wura banana Mefiboset de, obedidi me pon so daa.”+
Ná Siba wɔ mma mmarima 15 ne nkoa 20.+ 11 Ɛnna Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Nea me wura ɔhene aka sɛ menyɛ no, w’akoa bɛyɛ ne nyinaa.” Enti Mefiboset didii Dawid* pon so te sɛ ahenemma no bi. 12 Ná Mefiboset wɔ ɔbabarima kumaa bi a ne din de Mika;+ afei nso wɔn a wɔte Siba fi nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset nkoa. 13 Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na odidii ɔhene pon so daa.+ Ná ɔyɛ obubuafo.+
10 Akyiri yi, Ammonfo+ hene wui, na ne ba Hanun bedii n’ade.+ 2 Ɛnna Dawid kae sɛ: “Mɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ Nahas ba Hanun sɛnea ne papa daa ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ me no.” Enti Dawid somaa ne nkoa sɛ wɔnkɔkyekye ne werɛ, ne papa wu no ho. Nanso bere a Dawid nkoa no kɔɔ Ammonfo asaase so no, 3 Ammon mpanyimfo bisaa wɔn wura Hanun sɛ: “Wugye di sɛ Dawid pɛ sɛ odi wo papa ni nti na wasoma sɛ wɔmmɛkyekye wo werɛ yi? Wunnye nni sɛ Dawid repɛ ɔkwan a ɔbɛfa so adi wo so nkonim nti na wasoma ne nkoa aba wo nkyɛn sɛ wɔmmɛsra asaase yi na wɔnhwɛ sɛnea ɛte?” 4 Enti Hanun kyeree Dawid nkoa no yii wɔn abogyesɛ fã,+ na otwitwaa wɔn ntaade so besii wɔn to, na ɔma wɔkɔe. 5 Bere a nkurɔfo kɔbɔɔ Dawid amanneɛ no, ɛhɔ ara na ɔsomaa mmarima kohyiaa wɔn esiane animguase kɛse a ato wɔn nti; na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montena Yeriko+ nkosi sɛ mo abogyesɛ bɛsan afuw ansa na moasan aba.”
6 Akyiri yi, Ammonfo no hui sɛ wɔahyɛ Dawid abufuw.* Ɛno nti Ammonfo no soma kɔbɔɔ paa maa Siriafo a wɔwɔ Bet-Rehob+ ne Siriafo a wɔwɔ Soba+ de asraafo* 20,000 bae, na Maaka+ hene de mmarima 1,000 bae, ɛnna Istob* nso de mmarima 12,000 bae.+ 7 Dawid tee no, ɔmaa Yoab ne asraafo no nyinaa ne mmarima a wonim ko paa no kohyiaa wɔn.+ 8 Na Ammon akofo kɔboaa wɔn ho ano wɔ kurotia, na Siriafo a wɔwɔ Soba ne Rehob ne Istob* ne Maaka no kogyinagyinaa petee mu.
9 Bere a Yoab hui sɛ dɔm a wɔreba no so no bi wɔ n’anim ne n’akyi no, ɔpaw Israel mmarima a wonim ko paa no bi, na wɔboaa wɔn ho ano kohyiaa Siriafo no.+ 10 Ɔde dɔm a aka no hyɛɛ ne nua Abisai+ nsa sɛ ɔne wɔn nkɔ akono nkohyia Ammonfo no.+ 11 Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛ Siriafo no ahoɔden boro me so a, bra begye me, na sɛ Ammonfo ahoɔden boro wo so a, me nso mɛba abegye wo. 12 Ma yɛnyɛ den na yɛmfa akokoduru+ nko mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow, na Yehowa bɛyɛ nea eye wɔ n’ani so.”+
13 Ɛnna Yoab ne ne dɔm no kɔɔ wɔn anim kohyiaa Siriafo no wɔ ɔko no mu, na woguan fii n’anim.+ 14 Bere a Ammonfo no hui sɛ Siriafo aguan no, wɔn nso guan fii Abisai anim, na wɔsan kɔɔ kurow no mu. Akyiri yi, Yoab gyaee Ammonfo no akyi di san baa Yerusalem.
15 Bere a Siriafo no hui sɛ wɔadi nkogu wɔ Israelfo anim no, wɔsan kɔboaboaa wɔn ho ano.+ 16 Enti Hadadeser+ soma kɔfaa Siriafo a wɔwɔ Asubɔnten no*+ ho baa Helam; Hadadeser sahene Sobak na odii wɔn anim de wɔn bae.
17 Dawid tee ho asɛm ara pɛ, ɔboaboaa Israel nyinaa ano kotwaa Yordan kɔɔ Helam. Ɛnna Siriafo de akofo kohyiaa Dawid, na wɔne no koe.+ 18 Nanso Siriafo no guan fii Israelfo anim, na Dawid kunkum Siriafo 700 a wɔtete nteaseɛnam mu ne mmarima 40,000 a wɔtete apɔnkɔ so, na wɔn sahene Sobak nso, okum no.+ 19 Bere a ahemfo no nyinaa, kyerɛ sɛ, Hadadeser nkoa no hui sɛ wɔadi nkogu wɔ Israel anim no, ɛhɔ ara na wɔne Israel yɛɛ asomdwoe apam, na wɔbɛhyɛɛ wɔn ase,+ na Siriafo suroe sɛ wɔbɛko agye Ammonfo bio.
11 Afe no mfiase* a ahemfo taa kɔ ɔko no, Dawid somaa Yoab ne ne nkoa ne Israel asraafo nyinaa sɛ wonkokunkum Ammonfo, na wokotwaa Raba ho hyiae.+ Dawid de, ɔtenaa Yerusalem.+
2 Da koro anwummere,* Dawid sɔre fii ne mpa so na ɔkɔnantenantew ahemfi* no atifi. Bere a ɔwɔ ɔdan no atifi no, ohui sɛ ɔbea bi reguare, na na ɔbea no ho yɛ fɛ yiye. 3 Dawid somaa obi sɛ onkobisa ɔbea no ase, na ɔbɛkae sɛ: “Ɔyɛ Eliam*+ ba Bat-Seba,+ na ɔware Hitini+ Uria.”+ 4 Ɛnna Dawid somaa nkurɔfo sɛ wɔnkɔfa no mmra.+ Enti ɔbea no baa ne nkyɛn, na ɔne no dae.+ (Saa bere no, na ɔbea no ho ntew,* enti na ɔredwira ne ho.)+ Ɛno akyi no, ɔsan kɔɔ ne fi.
5 Ɔbea no nyinsɛnee, na ɔde nkra kɔmaa Dawid sɛ: “Manyinsɛn.” 6 Ɛbaa saa no, Dawid soma kɔɔ Yoab hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma Hitini Uria mmra me nkyɛn.” Enti Yoab maa Uria kɔɔ Dawid nkyɛn. 7 Bere a Uria duu Dawid nkyɛn no, obisaa no sɛnea Yoab ne dɔm no ho te, ne sɛnea ɔko no rekɔ. 8 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: “Kɔ wo fi na kɔhome.”* Bere a Uria fii ahemfi hɔ kɔe no, wɔde ɔhene akyɛde* toaa no. 9 Nanso Uria ankɔ ne fi; ɔne ne wura nkoa a aka no nyinaa kɔdaa ahemfi pon ano. 10 Enti wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Uria ankɔ ne fi.” Ɛnna Dawid bisaa Uria sɛ: “Ɛnyɛ akwantu mu na wufi bae? Adɛn nti na woankɔ wo fi?” 11 Uria ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Apata ase na Adaka no+ ne Israelfo ne Yudafo wɔ, na me wura Yoab ne me wura nkoa akɔsoɛ wuram. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ me fi kodidi nom, na me ne me yere da?+ Sɛ́ wote ase na nkwa* wɔ wo mu yi, merenyɛ saa!”
12 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: “Tena ha nnɛ nso, na ɔkyena megya wo kwan ama woakɔ.” Enti Uria tenaa Yerusalem saa da no ne n’adekyee. 13 Afei Dawid soma kɔfrɛɛ no ma obedidi nomee wɔ n’anim, na ɔma ɔbowee. Nanso anwummere no, wankɔ ne fi. Ofii hɔ ne ne wura nkoa kɔdae. 14 Ade kyee anɔpa no, Dawid kyerɛw krataa de hyɛɛ Uria nsam sɛ ɔmfa nkɔma Yoab. 15 Ɔkyerɛwee wɔ krataa no mu sɛ: “Momma Uria nkogyina faako a ɔko no mu yɛ den paa, na montwe mo ho mfi n’akyi, na wonkum no.”+
16 Saa bere no, na Yoab ne n’asraafo atwa kurow no ho ahyia, na ɔmaa Uria kogyinaa faako a onim sɛ atamfo no ho yɛ den paa no. 17 Bere a kurow no mu mmarima fii adi ne Yoab bɛkoe no, Dawid nkoa no bi wuwui, na Hitini Uria nso wui.+ 18 Ɛnna Yoab kɔkaa ɔko no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Dawid. 19 Ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔsomaa no no sɛ: “Sɛ woka ɔko no mu nsɛm nyinaa kyerɛ ɔhene wie a, 20 ebia ɔhene bo befuw na wabisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na mobɛn kurow no saa kɔkoe? Ná munnim sɛ wobegyina ɔfasu no so atotow agyan awowɔ mo anaa? 21 Hena na okum Yerubeset+ ba Abimelek?+ Ɛnyɛ ɔbea na ɔtow ɔbo a wɔde yam ade fii ɔfasu no so bɔɔ no kum no wɔ Tebes? Adɛn nti na mobɛn ɔfasu no saa?’ Ɛba saa a, ka sɛ, ‘W’akoa Uria, Hitini no nso awu.’”
22 Enti ɔbɔfo no kɔkaa asɛm a Yoab de asoma no no nyinaa kyerɛɛ Dawid. 23 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ná mmarima no ho yɛ den sen yɛn. Wopue baa yɛn so wɔ wuram hɔ, na yɛn nso yɛde guu wɔn so koduu kurow no pon ano. 24 Wɔn a wɔwɔ ɔfasu no so no totow agyan baa wo nkoa so, na ɔhene nkoa no bi wuwui; w’akoa Uria a ɔyɛ Hitini no nso wui.”+ 25 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ: “Kɔka kyerɛ Yoab sɛ, ‘Mma asɛm yi nnhaw wo, na sekan twa benkum twa nifa. Mia ɔko no mu, na di kurow no so nkonim.’+ Wokɔ a, hyɛ no den.”
26 Bere a Uria yere tee sɛ ne kunu Uria awu no, osuu no. 27 Ogyam* ne kunu wiei no, ntɛm ara na Dawid soma kɔfaa no baa ne fi, na ɔbɛyɛɛ ne yere.+ Na ɔwoo ɔbabarima maa no. Nanso ade a Dawid yɛe no, Yehowa ani annye ho koraa.+
12 Enti Yehowa somaa Natan+ kɔɔ Dawid nkyɛn+ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mmarima baanu tenaa kurow bi mu, ɔbaako yɛ osikani, na ɔbaako yɛ ohiani. 2 Ná osikani no wɔ nguan ne anantwi bebree;+ 3 ohiani no de, na onni hwee sɛ oguan* ketewa baako a ɔtɔɔ no.+ Ɔyɛn no, na ɔne ohiani no mma mmarima boom nyinii. Aduan kakra a ohiani no wɔ no, ɔne no na edii, na ɔnom ne kuruwa ano. Ɔdaa ne kokom, na ɔyɛɛ no sɛ ne babea. 4 Akyiri yi, osikani no nyaa ɔhɔho, nanso wamfa ne nguan ne n’anantwi no bi ansom ɔkwantuni a wabɛsra no no hɔho, na mmom ɔkɔfaa ohiani no guan no kum no maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.”+
5 Ɛnna Dawid bo fuw ɔbarima no denneennen, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi,+ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no fata owu! 6 Esiane sɛ wayɛ saa ade yi na wannya ahummɔbɔ nti, ɔde nguan anan bɛhyɛ ananmu.”+
7 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wone ɔbarima no! Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Me na mesraa wo de wo sii Israel so hene,+ na me na migyee wo fii Saul nsam.+ 8 Mede wo wura fi maa wo,+ na mede wo wura yerenom+ nso guu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fi maa wo.+ Ɛno da nkyɛn a, na mepɛ sɛ meyɛ nneɛma bebree nso ma wo.+ 9 Adɛn nti na woabu Yehowa asɛm animtiaa ayɛ n’ani so bɔne yi? Wode sekan akum Hitini Uria,+ na woafa ne yere aware no;+ Ammonfo sekan na wode kum no.+ 10 Esiane sɛ woabu me animtiaa na woafa Hitini Uria yere aware no nti, sekan rempa wo fi da.’+ 11 Nea Yehowa aka ni, ‘Mɛma mmusu aba wo so, na wo fi na ebefi aba.+ Mede wo yerenom bɛma wo yɔnko barima,+ na wode w’ani behu; ɔne wo yerenom bɛdeda awia ketee.+ 12 Esum mu na woyɛɛ wo de,+ na me de, mɛyɛ no awia ketee ama Israel nyinaa ahu.’”
13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: “Mayɛ Yehowa bɔne.”+ Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa nso de wo bɔne akyɛ wo.+ Worenwu.+ 14 Nanso esiane sɛ woayɛ eyi de abu Yehowa animtiaa nti, wo ba a wɔawo no foforo no, nea ɛbɛyɛ biara obewu.”
15 Ɛnna Natan siim kɔɔ ne fi.
Na Yehowa maa abofra a Dawid ne Uria yere woo no no yaree. 16 Dawid bɔɔ nokware Nyankopɔn no mpae srɛ maa abofra no, na Dawid yɛɛ akɔnkyen,* na edu anadwo a na wakɔ dan mu akɔda fam.+ 17 Enti ne fi mpanyimfo kogyinaa ne nkyɛn sɛ wɔrema no so afi fam, nanso wampene, na ɔne wɔn annidi nso. 18 Da a ɛto so ason no, abofra no wui, nanso na Dawid nkoa no suro sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ abofra no awu. Wɔkae sɛ: “Bere a abofra no te ase a yɛne no kasae no, wantie yɛn. Enti yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ, ‘Abofra no awu’? Anhwɛ a nea ɔbɛyɛ nye koraa.”
19 Bere a Dawid hui sɛ ne nkoa no reyɛ huhuhuhu no, Dawid hui sɛ abofra no awu. Enti Dawid bisaa ne nkoa no sɛ: “Abofra no awu anaa?” Na wobuae sɛ: “Wawu.” 20 Afei Dawid sɔre fii fam, na oguare de ngo srae,+ ɛnna ɔsesãã n’ataade kɔɔ Yehowa fi+ hɔ kɔsomee. Ɛno akyi no, ɔbaa ne fi,* na ɔma wɔde aduan besii n’anim, na odii. 21 Ne nkoa no bisaa no sɛ: “Dɛn na woayɛ yi? Abofra no te ase no, woyɛɛ akɔnkyen na wusui. Nanso abofra no wui ara pɛ, woasɔre adidi.” 22 Na ɔkae sɛ: “Abofra no te ase no, meyɛɛ akɔnkyen,+ na misui efisɛ mekae sɛ, ‘Hena na onim sɛ ebia Yehowa bɛdom me ama abofra no anya nkwa?’+ 23 Seesei a wawu yi, mereyɛ akɔnkyen ayɛ dɛn? Metumi de no aba nkwa mu bio anaa?+ Mewu akɔka ne ho,+ na ɔno de, ɔrensan mma me nkyɛn.”+
24 Na Dawid kyekyee ne yere Bat-Seba+ werɛ. Afei ɔkɔɔ ne nkyɛn ne no kɔdae, na ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no din Solomon,*+ na na Yehowa dɔ no.+ 25 Na ɔsomaa odiyifo Natan+ ma ɔkɔtoo no din Yedidia,* efisɛ na Yehowa dɔ no.
26 Yoab ne Ammonfo+ a wɔwɔ Raba+ no koe, na ogyee ahenkurow no.+ 27 Ɛnna Yoab somaa abɔfo baa Dawid nkyɛn bɛkae sɛ: “Me ne Raba ako,+ na magye nsu kurow no.* 28 Enti afei boaboa asraafo a wɔaka no ano betwa kurow no ho hyia na di so nkonim. Anyɛ saa na sɛ midi kurow no so nkonim a, me na menya ɛho anuonyam no.”*
29 Enti Dawid boaboaa asraafo no nyinaa ano ne Raba kɔkoe na odii so nkonim. 30 Ɛnna oyii Malkam abotiri fii ne ti; ná emu duru yɛ sika kɔkɔɔ dwetikɛse* baako, na na aboɔden abo nso hyehyɛ mu, na wɔde hyɛɛ Dawid ti. Ɔsesaw nneɛma pii+ nso fii kurow no mu.+ 31 Ɔde emu nnipa nso bae, na ɔma wɔpaee abo, na wɔde nnade a ano yɛ nnam ne abonnua yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ birikisi nso. Saa na ɔyɛɛ Ammonfo nkurow nyinaa. Afei Dawid ne asraafodɔm no nyinaa san baa Yerusalem.
13 Ná Dawid ba Absalom wɔ nuabea hoɔfɛfo bi a wɔfrɛ no Tamar,+ na na Dawid ba Amnon+ pɛ no. 2 Ná Amnon pɛ ne nuabea Tamar ara ma ɛbɔɔ no yare. Ná ɔyɛ ɔbaabun, enti na ɛyɛ den ma Amnon sɛ obenya no ayɛ no biribi. 3 Ná Amnon wɔ adamfo bi a ne din de Yehonadab+ a ɔyɛ Dawid nua Simea+ ba; ná Yehonadab ani atew paa. 4 Enti obisaa no sɛ: “Adɛn nti na ɔhene ba paa, anɔpa biara na woabotow saa? Ka kyerɛ me ɛ?” Ɛnna Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ Tamar, me nua Absalom nuabea+ no.” 5 Yehonadab ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔda wo mpa so na patuw yare. Sɛ wo papa bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma me nuabea Tamar mmra na ɔmmɛma me aduan. Sɛ ɔyɛ ayarefo aduan* na ɔde besi m’anim a, medi.’”
6 Enti Amnon kɔdaa hɔ yɛɛ ne ho sɛnea ɔyare, na ɔhene bɛhwɛɛ no. Afei Amnon ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mesrɛ wo, ma me nuabea Tamar mmra me nkyɛn mmɛyɛ keeki* abien na ɔmfa nsi m’anim mma minni.” 7 Ɛnna Dawid de nkra kɔmaa Tamar wɔ fie sɛ: “Mesrɛ wo, kɔ wo nua Amnon fi na kɔyɛ aduan* ma no.” 8 Enti Tamar kɔɔ ne nua Amnon fi kɔtoe sɛ ɔda hɔ. Ɔfaa esiam a wɔafɔtɔw de yɛɛ keeki wɔ n’anim. 9 Owiei no, oyiyii keeki no fii kankyee no mu de besii n’anim, nanso Amnon anni, na ɔkae sɛ: “Obiara mfi me nkyɛn mpue!” Ɛnna obiara fii ne nkyɛn puei.
10 Afei Amnon ka kyerɛɛ Tamar sɛ: “Fa aduan* no bra pia mu besi m’anim na minni.” Enti Tamar de keeki a wayɛ no kɔmaa ne nua Amnon wɔ pia mu. 11 Bere a ɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔde aduan no rekɔma no no, ɛhɔ ara na ɔyeree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me nuabea, bra na me ne wo nna.” 12 Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Daabi me nua! Mmrɛ me ase; ɛyɛ akyiwade wɔ Israel.+ Nyɛ aniwude saa.+ 13 Ɛhe na anka mede m’animguase bɛfa? Ɛba saa a, wobebu wo sɛ Israel mmarima a wonni adwene no bi. Enti mesrɛ wo, wo ne ɔhene nkasa, na ɔremfa me nkame wo.” 14 Nanso wammua no, na ɔde n’ahoɔden bunkam no so too no mmonnaa brɛɛ no ase. 15 Ɛno akyi no, Amnon benyaa ɔtan kɛse maa no, na ɔtan a ɔtan no no yɛɛ kɛse sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Enti Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre fi ha kɔ!” 16 Ɛnna ne nuabea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Daabi me nua; pam a worepam me seesei no yɛ bɔne sen nea wode ayɛ me no!” Nanso wantie.
17 Ɛnna ɔfrɛɛ ne somfo kumaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, pam onipa yi fi m’ani so, na to ɔpon no mu.” 18 (Saa bere no, na ɔhyɛ ataade soronko bi;* saa ataade no na na ɔhene mma mmea a wɔyɛ mmaabun no hyɛ.) Enti ɔsomfo no maa ababaa no puei, na ɔtoo ɔpon no mu. 19 Ɛnna Tamar de nsõ guu ne ti so,+ na osuan n’ataade fɛfɛɛfɛ no mu; afei ɔrekɔ nyinaa na ne nsa gu ne ti so a ɔresu.
20 Ɛnna ne nua Absalom+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nua Amnon nkyɛn na na wowɔ anaa? Me nuabea, wo de, yɛ komm. Ɔyɛ wo nua.+ Mfa wo koma nkɔ asɛm no so.” Enti Tamar tenaa ne nua Absalom fi, na wamma nnipa mu. 21 Bere a Ɔhene Dawid tee nsɛm yi nyinaa no, ne bo fuwii paa.+ Nanso na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛbɛhaw ne ba Amnon, efisɛ na ɔdɔ no, na na ɔyɛ n’abakan. 22 Absalom nyaa ɔtan+ maa Amnon sɛ wabrɛ ne nuabea Tamar ase, nanso Absalom yɛɛ komm; wanka asɛmmɔne anaa asɛmpa bi ankyerɛ Amnon.+
23 Mfe abien akyi no, wɔn a wotwitwa Absalom nguan ho nwi no kɔɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim,+ na Absalom frɛɛ ahenemma no nyinaa sɛ wɔmmra mmehyiam.+ 24 Afei Absalom kɔɔ ɔhene anim, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, w’akoa ama nkurɔfo retwitwa ne nguan ho nwi. Mesrɛ wo, ma ɔhene ne ne nkoa mmɛka w’akoa ho.” 25 Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Daabi, me ba! Mesrɛ wo, mma yɛn nyinaa nnkɔ na yɛanyɛ adesoa amma wo.” Ɔsrɛɛ no ara, nanso wampene ne no ankɔ. Na mmom ohyiraa no. 26 Ɛnna Absalom kae sɛ: “Sɛ worentumi nkɔ a, mesrɛ wo, ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ.”+ Na ɔhene bisaa no sɛ: “Adɛn nti na wopɛ sɛ ɔne wo kɔ?” 27 Nanso Absalom kae ara ma afei ɔmaa Amnon ne ɔhene mma mmarima no nyinaa ne no kɔe.
28 Afei Absalom ka kyerɛɛ n’asomfo no sɛ: “Momfa mo ani nto fam. Sɛ Amnon nom nsã ma ne koma ani gye a, mɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Munkum Amnon!’ Meka saa a, munkum no. Munnsuro. Ɛnyɛ me na mekyerɛ mo nea monyɛ anaa? Monyɛ den na munnya akokoduru.” 29 Enti nea Absalom ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ wɔmfa nyɛ Amnon no, saa ara na wɔde yɛɛ no. Ɛnna ɔhene mma mmarima a wɔaka no nyinaa sɔresɔree, na obiara tenaa n’afurumpɔnkɔ so guanee. 30 Bere a wɔnam kwan so rekɔ no, nkurɔfo kɔbɔɔ Dawid amanneɛ sɛ: “Absalom akunkum ɔhene mma mmarima no nyinaa na wɔn mu baako mpo anka.” 31 Ɛnna ɔhene sɔree, na osuan n’ataade mu de ne ho too fam; ná ne nkoa nyinaa nso gyinagyina hɔ a wɔasunsuan wɔn ntaade mu.
32 Nanso Dawid nua Simea+ ba Yehonadab+ kae sɛ: “Mma me wura nnnwen sɛ ɔhene mma mmerante no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nkutoo na wawu.+ Absalom na ɔkae sɛ wonkum no, na efi da a Amnon brɛɛ ne nuabea+ Tamar ase+ no na ɔbɔɔ no too hɔ.+ 33 Enti asɛm a nkurɔfo rekeka sɛ, ‘Ɔhene mma mmarima no nyinaa awuwu’ no, mma me wura ɔhene mmfa nnyɛ asɛm.* Amnon nkutoo na wawu.”
34 Saa bere no, na Absalom de, waguan.+ Akyiri yi, ɔwɛmfo no maa n’ani so hwɛɛ kwan a ɛda n’akyi no so, na ohui sɛ nnipa bebree fi bepɔw so kwan no so reba. 35 Ɛnna Yehonadab+ ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Hwɛ, ahenemma no na wɔaba no. Sɛnea w’akoa kae no, saa ara na ɛte.” 36 N’ano sii ara pɛ na ahenemma no beduu hɔ, na na wɔresu denneennen. Ɔhene ne ne nkoa nyinaa nso sui paa. 37 Absalom de, oguan kɔɔ Gesur hene Amihud ba Talmai+ nkyɛn. Na Dawid suu ne ba no nna pii. 38 Bere a Absalom guan kɔɔ Gesur+ no, ɔtenaa hɔ mfe abiɛsa.
39 Afei de, na Ɔhene Dawid ani agyina Absalom, efisɛ na waka ne koma ato ne yam* wɔ Amnon wu no ho.
14 Seruia ba Yoab+ hui sɛ ɔhene ani agyina Absalom.+ 2 Enti Yoab soma kɔɔ Tekoa+ kɔfaa ɔbea nyansafo bi fii hɔ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kofura awerɛhow ntama* na yɛ wo ho sɛ obi a ɔredi awerɛhow; mfa ngo nsra,+ na yɛ wo ho sɛ ɔbea a ɔde nna pii adi obi a wawu ho awerɛhow. 3 Afei kɔ ɔhene anim kɔka nsɛm yi kyerɛ no.” Ɛnna Yoab de nsɛm no hyɛɛ n’ano.*
4 Tekoani bea no kɔɔ ɔhene anim kɔkotow de n’anim butuw fam, na ɔkae sɛ: “O ɔhene, boa me!” 5 Ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: “Ɛyɛ dɛn asɛm?” Na ɔbea no kae sɛ: “Me kunu awu ama mayɛ okunafo. 6 Ná w’afenaa wɔ mma mmarima baanu, na wɔn baanu no koe wɔ afuw mu. Ná obiara nni hɔ a ɔbɛpata wɔn, enti ɔbaako kum ne nua no. 7 Seesei abusuafo no nyinaa asɔre aba w’afenaa so, na nea wɔreka ne sɛ, ‘Fa nea okum ne nua no ma yɛn na ne nua a wakum no no nkwa* nti, yenkum ɔno nso.+ Sɛ ɛbɛma nea odi ade no din ayera mpo a, yɛbɛyɛ!’ Ogyasramma a aka ama me* no, wɔpɛ sɛ wodum no de popa me kunu din ne n’aseni* fi asaase so.”
8 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Kɔ wo fi, na mɛka ama wɔadi w’asɛm no ho dwuma.” 9 Afei Tekoani bea no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “O me wura ɔhene, ma me ne me papa fi mmom nsoa bɔne no, na ɔhene ne n’ahengua nni bem.” 10 Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Obiara kɔfa ɛho asɛm ba bio a, fa no bra m’anim, na ɔrenteetee wo bio.” 11 Nanso ɔbea no kae sɛ: “Ɔhene, mesrɛ wo, kae Yehowa wo Nyankopɔn, anyɛ saa a nea me ba no ayɛ nti, nea ɔwɔ hokwan sɛ okum no tua ka* no+ beyi no afi hɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi,+ wo ba no ti nwi baako mpo rentɔ fam.” 12 Afei ɔbea no kae sɛ: “Mesrɛ wo, ma w’afenaa nka asɛm bi nkyerɛ me wura ɔhene.” Na ɔkae sɛ: “Kasa!”
13 Ɔbea no kae sɛ: “Adɛn nti na woanya adwene sɛ wobɛyɛ biribi saa atia Onyankopɔn nkurɔfo?+ Ɔhene asɛm a waka no kyerɛ sɛ ɔno ara abu ne ho fɔ, efisɛ ɔhene mmaa n’ankasa ba a wɔatwa no asu no nsan mmae.+ 14 Owu de, yebewu, na yɛbɛyɛ sɛ nsu a wɔahwie agu fam a wontumi nsesaw bio. Nanso Onyankopɔn rennye obi nkwa* mfi ne nsam, na mmom ɔhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so de obi a wɔatwa no asu asan aba ne nkyɛn. 15 Nea enti a mebɛkaa asɛm yi kyerɛɛ me wura ɔhene ne sɛ, nkurɔfo no maa ehu kaa me. Enti w’afenaa kae sɛ, ‘Ma me ne ɔhene nkɔkasa ɛ. Ebia ɔhene bɛyɛ n’afenaa abisade no. 16 Ebia ɔhene betie n’afenaa, na onipa a ɔrepɛ me atu me ne me ba koro pɛ no afi agyapade a Onyankopɔn de ama yɛn so no, obegye me afi ne nsam.’+ 17 Enti w’afenaa kae sɛ, ‘Ma me wura ɔhene anom asɛm mma me ahotɔ.’ Efisɛ me wura ɔhene te sɛ nokware Nyankopɔn no bɔfo; otumi hu papa ne bɔne. Yehowa, wo Nyankopɔn nni w’akyi.”
18 Ɛnna ɔhene buaa ɔbea no sɛ: “Mesrɛ wo, nea merebebisa wo yi, mfa biribiara nsie me.” Na ɔbea no kae sɛ: “Mesrɛ wo, ma me wura ɔhene nkasa.” 19 Afei ɔhene bisae sɛ: “Yoab na ɔhyɛ eyi nyinaa akyi anaa?”+ Ɛnna ɔbea no buae sɛ: “O me wura ɔhene, sɛ́ wote ase* yi, nea me wura ɔhene aka no yɛ nokware.* W’akoa Yoab na ɔkyerɛɛ me nea menyɛ, na ɔno na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa ano. 20 W’akoa Yoab yɛɛ saa na ama woanya adwene foforo wɔ asɛm yi ho, nanso me wura nim nyansa te sɛ nokware Nyankopɔn no bɔfo, na onim nea ɛrekɔ so wɔ asaase yi so baabiara.”
21 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Yoo, medi asɛm no ho dwuma.+ San kɔfa aberante Absalom bra.”+ 22 Na Yoab kotow de n’anim butuw fam, na oyii ɔhene ayɛ. Afei Yoab kae sɛ: “O me wura ɔhene, ɛnnɛ na w’akoa ahu sɛ manya w’anim dom, efisɛ ɔhene ayɛ n’akoa abisade ama no.” 23 Afei Yoab sɔre kɔɔ Gesur+ kɔfaa Absalom baa Yerusalem. 24 Nanso ɔhene kae sɛ: “Ma ɔnkɔ n’ankasa fi, mma ɔmma m’anim.” Enti Absalom kɔɔ ne fi, na wamma ɔhene anim.
25 Israel nyinaa, na ɔbarima biara nni hɔ a n’ahoɔfɛ nti wɔkamfo no te sɛ Absalom. Efi ne nan ase kosi n’apampam, na dɛm biara nni ne ho. 26 Afe biara kɔ n’awiei a, na oyi ne ti nwi, efisɛ na emu yɛ no duru dodo. Sɛ oyi ne ti nwi na ɔkari a, na emu duru yɛ nnwetɛbona 200,* sɛnea na wobu nkaribo ano wɔ ahemfi no.* 27 Absalom woo mma mmarima baasa+ ne ɔbabea baako a wɔfrɛ no Tamar. Ná ɔyɛ ɔbea a ne ho yɛ fɛ yiye.
28 Absalom tenaa Yerusalem mfe abien, nanso wanhu ɔhene anim.+ 29 Ɛnna Absalom too Yoab nkra sɛ ɔmmra na ɔnsoma no ɔhene nkyɛn, nanso Yoab amma. Ɔfrɛɛ no ne mprenu so, na ɛno nso wamma. 30 Afei ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Yoab asaase na ɛda me de ho yi, na ɔwɔ baali* wɔ so. Momfa ogya nkɔto mu.” Enti Absalom nkoa de ogya kɔtoo afuw no mu. 31 Ɛnna Yoab sɔre kɔɔ Absalom fi, na obisaa no sɛ: “Adɛn nti na wo nkoa de ogya akɔto m’afuw no mu?” 32 Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Hwɛ! metoo wo nkra sɛ, ‘Bra na mensoma wo ɔhene nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ: “Adɛn nti na mifi Gesur aba ha?+ Metenaa hɔ koraa a anka eye. Enti afei ma menkɔ ɔhene anim, na sɛ bɔne na mayɛ a, ma onkum me.”’”
33 Enti Yoab kɔɔ ɔhene anim kɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene anim bɛkotow de n’anim butuw fam wɔ ɔhene anim. Ɛnna ɔhene few Absalom ano.+
15 Nsɛm yi akyi no, Absalom ma wɔyɛɛ teaseɛnam maa no, na onyaa apɔnkɔ ne mmarima 50 a wotu mmirika di n’anim.+ 2 Ná Absalom taa sɔre anɔpatutuutu kogyina kwankyɛn wɔ baabi a wɔfa kɔ kurow no pon ano no.+ Sɛ ɔbarima biara de n’asɛm reba ɔhene anim ama wabu atɛn a,+ Absalom frɛ no bisa no sɛ: “Wufi kurow bɛn so?” na ɔno nso aka sɛ: “W’akoa fi Israel mmusuakuw no baako mu.” 3 Ɛba saa a, na Absalom aka akyerɛ no sɛ: “Hwɛ, w’asɛm yɛ dɛ na wudi bem, nanso obiara nni ɔhene nkyɛn a obetie w’asɛm ama wo.” 4 Ná Absalom taa ka sɛ: “Sɛ me na wɔapaw me ɔtemmufo wɔ asaase no so a, anka hwɛ sɛnea nneɛma bɛyɛ. Anka obiara a ɔwɔ asɛm a ɔpɛ sɛ wodi ma no no bɛba m’anim, na mahwɛ abu atɛntrenee ama no.”
5 Afei nso, sɛ obi bɛn Absalom bɛkotow no a, ɔteɛ ne nsa so onii no mu na ofew n’ano.+ 6 Saa na Absalom yɛɛ Israelfo a wɔbaa ɔhene anim sɛ ommu atɛn mma wɔn no nyinaa. Absalom yɛɛ saa ara de wiaa Israel mmarima koma.+
7 Mfe anan* akyi no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔ Hebron+ nkotua me bɔhyɛ ade a mede hyɛɛ Yehowa bɔ no. 8 Bere a w’akoa te Gesur+ wɔ Siria no, mehyɛɛ bɔ+ sɛ, ‘Sɛ Yehowa san de me ba Yerusalem a, me nso mɛbɔ afɔre ama* Yehowa.’” 9 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoe kɔ.” Enti ɔsɔre kɔɔ Hebron.
10 Afei Absalom somaa akwansrafo* kɔɔ Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ: “Sɛ mote sɛ wɔabɔ abɛn ara pɛ a, monka sɛ, ‘Absalom abɛyɛ ɔhene wɔ Hebron!’”+ 11 Saa bere no, na wɔafrɛfrɛ mmarima 200 adi Absalom akyi afi Yerusalem kɔ hɔ, nanso na wonnim nea ɛrekɔ so. 12 Afei nso, bere a Absalom bɔɔ afɔre wiei no, ɔsoma kɔfrɛɛ Dawid fotufo+ Ahitofel+ a ɔyɛ Giloni+ no fii ne kurom Gilo bae. Atirisopam* no mu trɛwee, na nnipa bebree bɛkaa Absalom ho.+
13 Akyiri yi, obi bɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Israel mmarima koma akodi Absalom akyi.” 14 Ntɛm ara na Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔka ne ho wɔ Yerusalem no nyinaa sɛ: “Monsɔre mma yenguan,+ anyɛ saa na Absalom bɛto yɛn a, obiara remfa ne ho nni! Monka mo ho, na wammɛto yɛn anyɛ yɛn pasaa, na wamfa sekan ankunkum kurow yi mufo!”+ 15 Ɔhene nkoa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Nea yɛn wura ɔhene pɛ sɛ ne nkoa yɛ biara, yɛbɛyɛ.”+ 16 Enti ɔhene kɔe, na ne fifo nyinaa dii n’akyi. Ɔhene gyaw ne mpenafo* du+ sɛ wɔnhwɛ fie* hɔ. 17 Ɛnna ɔhene ne nkurɔfo a wɔka ne ho nyinaa toaa wɔn akwantu no so, na wokogyinae wɔ Bet-Mehak.
18 Ne nkoa a wɔne no nam* nyinaa, ne Keretifo, Peletifo,+ ne Gatfo+ no nyinaa, mmarima 600 a wodii n’akyi fi Gat+ bae no, ɔhene hwɛɛ wɔn mu biara ansa na ɔrema watwam.* 19 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai+ sɛ: “Adɛn nti na wo nso wo ne yɛn rekɔ? San kɔ, na kɔtena ɔhene foforo no nkyɛn, efisɛ woyɛ ɔhɔho, na afei nso woaguan afi wo man mu. 20 Nnɛra na wobae, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛnnɛ mema wo ne yɛn kokyinkyin baabiara a mɛkɔ? San w’akyi kɔ, wo ne wo nuanom. Ma Yehowa nna ɔdɔ a enni huammɔ adi nkyerɛ wo na onni wo nokware!”+ 21 Nanso Itai buaa ɔhene sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na me wura ɔhene nso te ase yi, baabiara a me wura ɔhene bɛkɔ no, owu mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛkɔ!”+ 22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai+ sɛ: “Twa subon no kɔ.” Enti Gatni Itai ne mmarima a wɔka ne ho no nyinaa ne mmofra no twaa subon no.
23 Bere a nkurɔfo yi nyinaa retwa akɔ ɔfã noho no, na asaase no sofo nyinaa resu denneennen, na ɔhene gyinaa Kidron Bon+ no ho; nkurɔfo no nyinaa twaam kɔfaa sare so kwan no so. 24 Ná Sadok+ ne Lewifo+ a wɔso nokware Nyankopɔn no apam adaka no+ nyinaa ka wɔn ho, na wɔde nokware Nyankopɔn no Adaka no sii hɔ; ná Abiatar+ nso di mu bi, na nkurɔfo no nyinaa fi kurow no mu twaa subon no. 25 Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: “Fa nokware Nyankopɔn no Adaka no san kɔ kurow no mu.+ Sɛ minya Yehowa anim dom a, ɔbɛsan de me aba na wama mahu Adaka no ne ne sibea.+ 26 Nanso sɛ ɔka sɛ, ‘M’ani nnye wo ho’ nso a, ɛnde nea ɛteɛ wɔ n’ani so biara, ma ɔmfa nyɛ me.” 27 Ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok sɛ: “Wonyɛ ɔdehwɛfo+ anaa? Fa asomdwoe san kɔ kurow no mu, wo ne mo mma baanu no nkɔ, wo ara wo ba Ahimahas ne Abiatar ba Yonatan.+ 28 Me de, mɛtwɛn wɔ baabi a wɔfa twa asubɔnten no wɔ sare so hɔ akosi sɛ mɛte asɛm bi afi mo nkyɛn.”+ 29 Ɛnna Sadok ne Abiatar de nokware Nyankopɔn no Adaka no san kɔɔ Yerusalem, na wɔtwɛn wɔ hɔ.
30 Dawid foroo Ngodua Bepɔw*+ no. Ɔreforo kɔ nyinaa na ɔde ade akata ne ti resu; ná ɔnhyɛ mpaboa, na nkurɔfo a wɔka ne ho nyinaa nso, na obiara akata ne ti, na wɔreforo kɔ nyinaa na wɔresu. 31 Afei wɔbɛbɔɔ Dawid amanneɛ sɛ: “Ahitofel nso akɔka Absalom nkurɔfo no ho.”+ Ɛnna Dawid kae sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, ma Ahitofel afotu* nnan nkwaseasɛm!”+
32 Bere a Dawid duu bepɔw no atifi, faako a kan na wɔkotow Onyankopɔn no, Husai+ a ɔyɛ Arkini+ no behyiaa no wɔ hɔ. Ɔbae no, na wasuan n’ataade mu de dɔte agu ne tirim. 33 Nanso Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo ne me kɔ a, ɛremmoa me. 34 Na mmom san kɔ kurow no mu na kɔka kyerɛ Absalom sɛ, ‘O ɔhene, meyɛ w’akoa; kan no, na meyɛ wo papa akoa, nanso seesei de, meyɛ w’akoa.’+ Woyɛ saa a, wubetumi asɛe Ahitofel afotu ama me.+ 35 Sɛ́ wo ne ɔsɔfo Sadok ne ɔsɔfo Abiatar na ɛwɔ hɔ? Asɛm biara a wobɛte afi ahemfi no, ka kyerɛ ɔsɔfo Sadok ne ɔsɔfo Abiatar.+ 36 Hwɛ! Wɔn mma baanu no ne wɔn wɔ hɔ, Sadok ba Ahimahas+ ne Abiatar ba Yonatan.+ Enti asɛm biara a mobɛte no, monsoma wɔn na wɔmmɛka nkyerɛ me.” 37 Ɛnna Dawid adamfo Husai*+ kɔɔ kurow no mu; saa bere no ara nso na Absalom koduu Yerusalem.
16 Bere a Dawid twaam wɔ bepɔw no atifi+ hɔ kɔɔ n’anim kakra no, Mefiboset+ somfo Siba+ de mfurum abien behyiaa no. Ná wɔsoso paanoo 200, bobe keeki 100, borɔdɔma ne nkeresia* keeki 100, ne bobesa ahina kɛse ma.+ 2 Ɛnna ɔhene bisaa Siba sɛ: “Adɛn nti na wode nneɛma yi aba?” Siba kae sɛ: “Mfurum yi, ma wɔmfa mma ɔhene fifo ntenatena so, na paanoo ne nnuaba yi, ma mmerante no nni, na bobesa yi nso, ma wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ wɔ sare so na wɔnnom.”+ 3 Ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: “Wo wura ba* no wɔ he?”+ Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔte Yerusalem reka sɛ, ‘Ɛnnɛ Israel fi bɛsan adan me papa ahenni ama me.’”+ 4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: “Hwɛ! Nea Mefiboset wɔ nyinaa yɛ wo dea.”+ Siba nso kae sɛ: “Mekotow wo. Me wura ɔhene, ma minnya w’anim dom.”+
5 Bere a Ɔhene Dawid duu Bahurim no, ɔbarima bi a ofi Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei+ a ɔyɛ Gera ba pue bae; ɔreba nyinaa, na ɔredome no.+ 6 Ɔtotow abo boroo Ɔhene Dawid ne ne nkoa nyinaa, ne nkurɔfo no nyinaa, ne akatakyi a wɔwɔ Dawid benkum ne ne nifa so no. 7 Bere a Simei redome no no, nea ɔkae ne sɛ: “Fi hɔ kɔ, fi hɔ kɔ, ɔbarima wudifo!* Onipahunu a ɔte sɛ wo! 8 Yehowa ama Saul a wubesii n’ananmu dii hene no fi mogya nyinaa abegu wo ti so, na Yehowa agye ahenni no de ahyɛ wo ba Absalom nsa. Woyɛ ɔbarima wudifo* nti na seesei mmusu aba wo so no!”+
9 Ɛnna Seruia ba Abisai+ ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi+ dome me wura ɔhene?+ Mesrɛ wo, ma minkotwa ne ti mfi so.”+ 10 Nanso ɔhene kae sɛ: “Seruia mma, dɛn na me ne mo wɔ yɛ?+ Momma ɔnnome me,+ efisɛ Yehowa aka akyerɛ no sɛ,+ ‘Dome Dawid!’ Enti hena na obetumi aka sɛ, ‘Adɛn nti na woreyɛ saa?’” 11 Afei Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa nyinaa sɛ: “Hwɛ! Me ara me ba a mawo no mpo repɛ me akum me,*+ na kampɛsɛ Benyaminni!+ Munnyaa no na ɔnnome me, efisɛ Yehowa aka sɛ ɔnyɛ saa! 12 Ebia Yehowa behu m’amanehunu,+ na nnome a ɔde adome me nnɛ yi, Yehowa de papa bɛhyɛ ananmu ama me.”+ 13 Ɛnna Dawid ne ne mmarima no toaa wɔn akwantu no so; ná Simei nso nam bepɔw no fã noho redome no,+ na ɔrekɔ nyinaa na ɔretotow abo boro wɔn, na na ɔresesaw mfuturu bebree gu wɔn so.
14 Nkakrankakra ɔhene ne nkurɔfo a wɔka ne ho nyinaa koduu baabi a wɔrekɔ no, na na wɔabrɛ, enti wogyee wɔn ahome.
15 Absalom de, ɔne Israel mmarima nyinaa koduu Yerusalem, na na Ahitofel+ ka ne ho. 16 Bere a Dawid adamfo Husai+ a ɔyɛ Arkini*+ no duu Absalom nkyɛn no, Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!+ Ɔhene, nya nkwa daa!” 17 Ɛnna Absalom bisaa Husai sɛ: “Enti eyi na woreyɛ de akyerɛ sɛ wowɔ ɔdɔ a enni huammɔ ma w’adamfo? Adɛn nti na wo ne w’adamfo ankɔ?” 18 Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Daabi, nea Yehowa ne nkurɔfo yi ne Israel mmarima nyinaa apaw no no, ɔno na mewɔ n’afã, na ɔno na me ne no bɛtena. 19 Meresi so bio sɛ, Hena na mensom no? Ɛnyɛ ne ba na mɛsom no? Sɛnea mesom wo papa no, saa ara na mɛsom wo.”+
20 Afei Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: “Tu me fo.+ Dɛn na yɛnyɛ?” 21 Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Wo ne wo papa mpenafo* a ogyaw wɔn akyiri sɛ wɔnhwɛ fie* hɔ+ no nna.+ Ɛba saa a, Israelfo nyinaa bɛte sɛ wo ho abɔn wo papa, na ɛbɛma wɔn a wɔwɔ w’afã anya ahoɔden.” 22 Enti wosii ntamadan wɔ ɔdan atifi+ maa Absalom, na Absalom ne ne papa mpenafo no dae+ wɔ Israel nyinaa anim.+
23 Saa bere no, na wobu Ahitofel+ afotu te sɛ nokware Nyankopɔn no anom asɛm.* Saa na na Dawid ne Absalom bu Ahitofel afotu nyinaa.
17 Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Mesrɛ wo, ma minyi mmarima 12,000 na yɛnsɔre nkotiw Dawid anadwo yi. 2 Mɛkɔ akɔto no sɛ wabrɛ na n’ahoɔden asa,*+ na mɛma ehu aka no; nnipa a wɔwɔ ne ho nyinaa beguan, na mekum ɔhene nkutoo.+ 3 Afei mede mmarima no nyinaa bɛsan abrɛ wo. Sɛ mmarima no nyinaa bɛsan aba a, ebegyina nea ɛbɛto ɔbarima a worehwehwɛ no no so. Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa benya asomdwoe.” 4 Asɛm a ɔkae no, na ɛtɔ Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa asom.
5 Nanso Absalom kae sɛ: “Mesrɛ mo, momfrɛ Husai+ a ɔyɛ Arkini no mmra, na yentie nea ɔno nso wɔ ka.” 6 Enti Husai baa Absalom nkyɛn. Na Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: “Afotu a Ahitofel de ama ni. Yɛnyɛ nea waka no anaa? Sɛ ɛnte saa a, kyerɛ w’adwene.” 7 Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Ahitofel afotu a ɔde ama saa bere yi de, enye!”+
8 Husai toaa so kae sɛ: “Wo ara wunim sɛ wo papa ne ne mmarima no yɛ akatakyi,+ na wɔn ani abere* te sɛ osisi a ne mma ayera wɔ wuram.+ Afei nso, wo papa yɛ ɔkofo,+ enti anadwo yi, ɔrenna ɔmanfo no mu. 9 Sesɛɛ wakohintaw ɔbodan* mu anaa baabi foforo.+ Na ɛba sɛ ɔno di kan tow hyɛ wɔn so a, nkurɔfo bɛte aka sɛ, ‘Nnipa a wodi Absalom akyi no adi nkogu!’ 10 Ɛba saa a, ɔbarima kokodurufo a ne koma te sɛ gyata+ koma mpo bɛbɔ hu; Israel nyinaa nim sɛ wo papa yɛ ɔkatakyi,+ na mmarima a wɔka ne ho no nso yɛ akokodurufo. 11 Enti m’afotu ni: Ma wɔmmoaboa Israel nyinaa ano, efi Dan kosi Beer-Seba,+ na wɔn dodow nyɛ sɛ mpoano anwea,+ na wɔmmra wo nkyɛn, na w’ankasa di wɔn anim kɔ ɔko no. 12 Ma yɛnkɔ no so wɔ baabi a yebehu no biara, na yɛntow nhyɛ no so sɛnea obosu tɔ gu fam no, na ɔne mmarima a wɔka ne ho no baako mpo renka. 13 Na sɛ ɔkɔhyɛ kurow bi mu nso a, Israel nyinaa bɛfa nhama akɔ hɔ, na yɛatwe kurow no afasu akogu subon no mu akosi sɛ ɔbo baako mpo renka hɔ.”
14 Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kae sɛ: “Husai a ɔyɛ Arkini no afotu no ye sen Ahitofel afotu no!”+ Ná Ahitofel afotu no ye, nanso Yehowa na ɔhwɛ ma* wɔsɛee afotu no+ sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa de mmusu bɛba Absalom so.+
15 Akyiri yi, Husai kɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok ne ɔsɔfo Abiatar+ sɛ: “Sɛɛ ne sɛɛ na Ahitofel tuu Absalom ne Israel mpanyimfo no fo, na sɛɛ ne sɛɛ na me nso mituu wɔn fo. 16 Enti afei monsoma ntɛm nkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Anadwo yi, ntena sare no so baabi a wɔfa twa asubɔnten no.* Mmom twa kɔ ɔfã noho, anyɛ saa a wɔbɛpra* ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa afi hɔ.’”+
17 Saa bere no, na Yonatan+ ne Ahimahas+ wɔ En-Rogel,+ enti abaawa bi kɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Ɛnna wɔn nso siim sɛ wɔrekɔka akyerɛ Ɔhene Dawid. Nea ɛte ne sɛ, na wosuro sɛ wɔbɛkɔ kurow no mu ama obi ahu wɔn. 18 Nanso aberante bi huu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Enti wɔn baanu de mmirika kɔɔ Bahurim+ kɔhyɛɛ abura mu wɔ ɔbarima bi adiwo. 19 Ɛnna ɔbarima no yere de ade kataa abura no so, na ɔde hwiit a wɔasiw guu so, na obiara anhu akyi. 20 Absalom nkoa no baa ɔbea no nkyɛn wɔ ofie hɔ, na wobisaa no sɛ: “Ɛhe na Ahimahas ne Yonatan wɔ?” Ɔbea no buae sɛ: “Wɔatwam kɔ asubɔnten no ho.”+ Na wɔhwehwɛɛ wɔn ara, nanso wɔanhu wɔn, enti wɔsan kɔɔ Yerusalem.
21 Bere a mmarima no fi hɔ kɔe no, wofii abura no mu, na wosiim kɔbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Monsɔre, na monyɛ ntɛm nkotwa nsu no, na afotu a Ahitofel de ama wɔn ni.”+ 22 Ɛhɔ ara na Dawid ne nnipa a wɔka ne ho nyinaa sɔree, na wokotwaa Yordan no. Ade kyee no, na wɔn nyinaa atwa Yordan no; wɔn mu baako mpo anka.
23 Ahitofel de, bere a ohui sɛ wɔamfa n’afotu anyɛ adwuma no, ɔhyehyɛɛ afurum, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fi wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔmaa ne fifo akwankyerɛ,+ na ɔsɛn ne ho*+ wui. Na wosiee no wɔ n’agyanom amusiei.
24 Dawid kɔɔ Mahanaim,+ na Absalom nso ne Israel mmarima a wɔka ne ho nyinaa kotwaa Yordan no. 25 Amasa+ na Absalom de no sii Yoab ananmu yɛɛ no asraafo so panyin.+ Amasa yɛ Israelni barima a wɔfrɛ no Yitra no ba; ɔne Abigail+ na wɔwoo no. Abigail nso yɛ Nahas ba, na ɔsan yɛ Yoab maame Seruia nuabea. 26 Israel ne Absalom kɔsoɛɛ Gilead+ asaase so.
27 Bere a Dawid beduu Mahanaim no, ɛhɔ ara na Sobi a ne papa ne Nahas a ofi Ammonfo kurow Raba+ mu, Makir+ a ne papa ne Amiel a ofi Lo-Debar, ne Gileadni Basilai+ a ofi Rogelim behyiaa no. 28 Nneɛma a wɔde bae ne mpa, asɛn, nkuku, hwiit, baali,* esiam, nkyewe, apatram, asedua, hwiit* a wɔakyew, 29 ɛwo, bɔta, nguan, ne kyiis.* Wɔde ne nyinaa brɛɛ Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no sɛ wonni,+ efisɛ wɔkae sɛ: “Ɔkɔm de nkurɔfo no, na wɔabrɛbrɛ na osukɔm nso ade wɔn wɔ sare yi so.”+
18 Ɛnna Dawid kan mmarima a wɔka ne ho no, na ɔde apem apem so ahwɛfo ne ɔhaha so ahwɛfo sisii wɔn so.+ 2 Afei Dawid kyɛɛ mmarima no mu akuw abiɛsa de baako hyɛɛ Yoab nsa,+ na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba+ Abisai a ɔyɛ Yoab nua no nsa,+ na ɔde baako nso hyɛɛ Gatni Itai nsa.+ Na ɔhene ka kyerɛɛ mmarima no sɛ: “Me nso mɛka mo ho ne mo akɔ.” 3 Nanso wɔkae sɛ: “Yɛmpɛ sɛ wo ne yɛn kɔ;+ yɛn de, sɛ ɛba sɛ yeguan a, ɛrenyɛ wɔn asɛm.* Sɛ mpo yɛn mu fã wu a, ɛrenyɛ wɔn asɛm, na wo de, wote sɛ yɛn mu nnipa 10,000.+ Enti eye mmom sɛ wobɛtena kurow no mu adi aboa yɛn.” 4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea mopɛ sɛ meyɛ biara, mɛyɛ.” Enti ɔhene gyinaa kurow pon no nkyɛn maa mmarima no nyinaa pue kɔe, ɔhaha ne apem apem. 5 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab, Abisai, ne Itai sɛ: “Mo ne aberante Absalom nni no brɛbrɛ mma me.”+ Bere a ɔhene de Absalom ho ahyɛde no rema asahene no, mmarima no nyinaa tee.
6 Mmarima no siim kɔɔ wuram kohyiaa Israel, na wɔde ɔko no hyehyɛɛ so wɔ Efraim kwae mu.+ 7 Israel+ dɔm no dii nkogu wɔ Dawid nkoa no anim+ wɔ hɔ, na nnipa bebree wuwui saa da no, mmarima 20,000. 8 Ɔko no trɛw kɔɔ mpɔtam hɔ baabiara. Bio nso, nnipa a wowuwui wɔ kwae no mu saa da no dɔɔso sen nnipa a sekan kunkum wɔn no.
9 Eduu baabi no, Dawid nkoa no kopuee Absalom so. Saa bere no, na Absalom te afurumpɔnkɔ bi so, na afurumpɔnkɔ no kɔfaa dua kɛse bi mmaa kusuu ase, na ne ti nwi kosoo dua kɛse no mu ma ɔsensɛn soro a ne nan nka fam,* na afurumpɔnkɔ a na ɔte so no toaa so kɔe. 10 Obi hui, na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab+ sɛ: “Hwɛ! Makohu Absalom sɛ ɔsɛn dua kɛse bi so.” 11 Ɛnna Yoab ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ no no sɛ: “Sɛ wuhuu no a, adɛn nti na woankum no amma wammɛhwe fam wɔ hɔ ara? Anka mede nnwetɛbona du ne abɔso* betua wo ka.” 12 Nanso ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Sɛ woma me nnwetɛbona 1,000 mpo a,* merentumi mfa me nsa nka ɔhene ba no, efisɛ bere a ɔhene ka kyerɛɛ wo ne Abisai ne Itai sɛ, ‘Obiara nhwɛ yiye na biribi anyɛ aberante Absalom’ no, yɛtee.+ 13 Sɛ meyɛɛ asoɔden kum no a,* anka asɛm no renhintaw ɔhene da, na wo nso anka worenka bi mma me.” 14 N’ano sii no, Yoab kae sɛ: “Merensɛe bere wɔ wo ho bio!” Ɛnna ɔfaa nnade nketewa* abiɛsa a ano yɛ mfeamfeaa hyɛɛ ne nsam, na ɔkɔtotow wɔɔ Absalom komam wɔ dua kɛse no so bere a ɔda so te nkwa mu. 15 Ɛnna Yoab asomfo du a wokura n’akode baa Absalom ho bekum no.+ 16 Afei Yoab bɔɔ abɛn, na mmarima no gyaee Israel akyi di; Yoab ma wogyaee ɔko no. 17 Wɔde Absalom kɔtoo amoa kɛse bi mu wɔ kwae mu hɔ, na wɔsoaa abo pii guu no so.+ Na Israelfo nyinaa, obiara guan kɔɔ ne fi.
18 Bere a Absalom te ase no, ɔde edum bi tim Ɔhene Bon mu,*+ na ɔkae sɛ: “Minni ɔbabarima biara a ɔbɛma me din atena hɔ.”+ Enti ɔde ne din too edum no so, na wɔafrɛ no Absalom Nkaedum de besi nnɛ.
19 Sadok ba Ahimahas+ kae sɛ: “Mesrɛ wo, ma mintu mmirika nkɔbɔ ɔhene amanneɛ, efisɛ Yehowa abu atɛntrenee ama no de agye no afi n’atamfo nsam.”+ 20 Nanso Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na wobɛbɔ amanneɛ nnɛ, da foforo na wobɛbɔ amanneɛ. Ɛnnɛ de, ɛnyɛ wo na wobɛbɔ amanneɛ no, efisɛ ɔhene ba na wawu.”+ 21 Afei Yoab ka kyerɛɛ Kusni+ no sɛ: “Kɔ na kɔka nea woahu kyerɛ ɔhene.” Ɛnna Kusni no kotow Yoab, na ɔde mmirika kɔe. 22 Na Sadok ba Ahimahas san ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Nea ɛbɛba biara mmra, mesrɛ wo, ma me nso mintu mmirika nni Kusni no akyi.” Nanso Yoab kae sɛ: “Me ba, adɛn nti na wopɛ sɛ wutu mmirika kɔ bere a yɛmfaa amanneɛbɔ biara nsomaa wo?” 23 Ɔsan kae bio sɛ: “Nea ɛbɛba biara mmra, ma mintu mmirika nkɔ.” Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tu mmirika kɔ!” Na Ahimahas soo mmirika mu kɔfaa Yordan mantam no mu, na okotwaa Kusni no ho.
24 Ná Dawid te kurow apon abien no ntam,+ na ɔwɛmfo+ no kɔɔ kurow pon no atifi wɔ ɔfasu no so. Bere a ɔmaa n’ani so no, ohuu ɔbarima bi a ɔno nkutoo nam sɛ ɔde mmirika reba. 25 Enti ɔwɛmfo no ka kyerɛɛ ɔhene, na ɔhene kae sɛ: “Sɛ ne nkutoo na ɔnam a, ɛnde ɔde asɛm nam.” Bere a ɔreyɛ abɛn hɔ no, 26 ɔwɛmfo no huu ɔbarima foforo sɛ ɔde mmirika reba. Ɔwɛmfo no ka kyerɛɛ ɔpon ano hwɛfo no sɛ: “Hwɛ! Ɔbarima foforo a ɔno nkutoo nam de mmirika reba.” Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Ɔno nso so nkra.” 27 Ɔwɛmfo no kae sɛ: “Nea odi kan no mmirikatu te sɛ Sadok ba Ahimahas.”+ Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Ɔyɛ onipa pa enti ɛbɛyɛ sɛ asɛmpa na ɔde nam.” 28 Ɛnna Ahimahas ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mede anigyesɛm nam!” Ɔkotow ɔhene de n’anim butuw fam. Na ɔtoaa so sɛ: “Ayeyi nka Yehowa wo Nyankopɔn, efisɛ nnipa a wɔsɔre* tiaa me wura ɔhene no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa.”+
29 Nanso ɔhene bisae sɛ: “Aberante Absalom ho ye anaa?” Ɛnna Ahimahas kae sɛ: “Bere a Yoab somaa ɔhene somfo ne me* no, metee gyegyeegye bi, nanso na minnim nea ɛrekɔ so.”+ 30 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Begyina nkyɛn ha.” Ɛnna okogyinaa nkyɛn.
31 Afei Kusni no nso beduu hɔ,+ na Kusni no kae sɛ: “Ma me wura ɔhene ntie amanneɛ a ɛwɔ hɔ yi: Ɛnnɛ Yehowa abu atɛntrenee ama wo, na wagye wo afi wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.”+ 32 Nanso ɔhene bisaa Kusni no sɛ: “Aberante Absalom ho ye anaa?” Ɛnna Kusni no kae sɛ: “Ma me wura ɔhene atamfo a wɔsɔre tiaa wo a na wɔpɛ sɛ wodi wo bɔne nyinaa nyɛ sɛ aberante no!”+
33 Asɛm no haw ɔhene, na ɔforo kɔɔ kurow pon no atifi dan no mu, na otuee su mu. Ɔrekɔ nyinaa na ɔreka sɛ: “O me ba Absalom, me ba yi, me ba Absalom! Anka ma me mmom minwu, anka ma minsi w’ananmu, Absalom! Me ba yi, me ba yi!”+
19 Wɔkɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Ɔhene resu, na ɔredi Absalom wu no ho awerɛhow.”+ 2 Enti nkonimdi* a ɛbaa saa da no dan awerɛhow maa mmarima no nyinaa, efisɛ wɔtee sɛ ɔhene resu ne ba no. 3 Saa da no, mmarima no baa kurow no mu+ dinn sɛnea nnipa a wɔadi nkogu wɔ ɔko mu de aniwu guan no. 4 Ɔhene de ade kataa n’anim, na ɔkɔɔ so sui denneennen sɛ: “Me ba Absalom! Absalom, me ba yi, me ba yi!”+
5 Na Yoab baa ɔhene nkyɛn wɔ ofie hɔ bɛkae sɛ: “Wo nkoa a wɔagye wo nkwa,* na wɔagye wo mma mmarima,+ wo mma mmea,+ wo yerenom, ne wo mpenafo*+ nso nkwa* no, ɛnnɛ woahyɛ wɔn nyinaa aniwu, 6 efisɛ woadɔ w’atamfo na woatan w’adɔfo. Ɛnnɛ woakyerɛ sɛ asahene ne nkoa nyɛ hwee mma wo; ɛnnɛ na mahu sɛ, sɛ Absalom anwu na yɛn a yɛaka nyinaa wuwui a, anka wopɛ. 7 Afei sɔre pue, na pɛ asɛmpa bi ka kyerɛ wo nkoa fa hyɛ wɔn nkuran,* efisɛ meka Yehowa ntam sɛ, sɛ woampue a, obiara rentena wo ho anadwo yi. Anka nea ɛbɛto wo no bɛkyɛn bɔne a aba wo so fi wo mmeranteberem de abedu sesɛɛ no nyinaa.” 8 Enti ɔhene sɔre bɛtenaa kurow no pon ano, na wɔkɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ: “Ɔhene abɛtena kurow no pon ano.” Ɛnna nkurɔfo no nyinaa baa ɔhene anim.
Nanso Israel de, na wɔaguan ama obiara kɔ ne fi.+ 9 Nnipa a wɔwɔ Israel mmusuakuw nyinaa mu ne wɔn ho hamee, na wɔkae sɛ: “Ɔhene na ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam,+ na ɔno ara nso na ogyee yɛn fii Filistifo nsam; seesei Absalom nti waguan afi asaase yi so.+ 10 Na Absalom nso a yɛsraa no sii yɛn so hene no,+ wawu wɔ ɔko no mu.+ Enti afei adɛn nti na monkɔfaa ɔhene nsan mmae?”
11 Ɔhene Dawid soma kɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok+ ne ɔsɔfo Abiatar+ sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Yuda mpanyimfo+ sɛ, ‘Adɛn nti na moretwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ ne fi, bere a Israel nyinaa de nkra abrɛ ɔhene wɔ baabi a ɔte no? 12 Me nuanom ne mo; me nnompe ne me honam ne mo.* Adɛn nti na moretwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ?’ 13 Amasa+ nso, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Ɛnyɛ me nnompe ne me honam ne wo? Efi nnɛ rekɔ, sɛ woammɛyɛ ɔsahene ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.’”+
14 Na onyaa* Yuda mmarima nyinaa koma ma wɔyɛɛ baako, enti wɔsoma kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo ne wo nkoa nyinaa, monsan mmra.”
15 Ɔhene san n’akyi bae beduu Yordan ho. Yudafo nso kɔɔ Gilgal+ sɛ wɔrekohyia ɔhene na wɔde no atwa Yordan. 16 Ɛnna Benyaminni Gera ba Simei+ a ofi Bahurim no yɛɛ ntɛm ne Yuda mmarima no kɔe sɛ wɔrekohyia Ɔhene Dawid. 17 Ɔrekɔ no, Benyaminfo mmarima 1,000 kaa ne ho kɔe. Ná Saul fi akoa Siba+ ne ne mma mmarima 15 ne ne nkoa 20 nso ka ne ho. Wɔyɛɛ ntɛm kotwaa Yordan ansa na ɔhene reba. 18 Na ɔfaa* baabi a wɔfa twa nsu no sɛ ɔrekɔfa ɔhene fifo de wɔn atwa nsu no na wayɛ nea ɔhene pɛ biara ama no. Na Gera ba Simei bɛkotow ɔhene anim bere a ɔrebetwa Yordan no. 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mma me wura mmmu me fɔ, na nkae bɔne a w’akoa yɛɛ wo+ da a me wura ɔhene fii Yerusalem kɔe no, na mma ɔhene mmfa nnhyɛ ne mu. 20 W’akoa nim sɛ wayɛ bɔne, enti na ɛnnɛ madi Yosef fi nyinaa kan abehyia me wura ɔhene yi.”
21 Ɛhɔ ara na Seruia ba Abisai+ kae sɛ: “Nea Simei yɛe no, ɛnyɛ owu na ɛfata no? Efisɛ ɔdomee nea Yehowa asra no.”+ 22 Nanso Dawid kae sɛ: “Mo Seruia mma, asɛm yi fa mo ho bɛn a enti moasɔre atia me nnɛ yi?+ Ɛnnɛ yɛ da a ɛsɛ sɛ wokum obi wɔ Israel? Enti minnim sɛ midi hene wɔ Israel nnɛ?” 23 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: “Worenwu.” Afei ɔhene kaa no ntam.+
24 Saul banana Mefiboset+ nso behyiaa ɔhene. Ɔno de, efi da a ɔhene kɔe besi da a ɔbae asomdwoe mu no, na ɔnhohoroo ne nan ho mmubuu ne mmɔwerɛw. Afei na ontwitwaa ne mfemfem nhoroo ne ntaade. 25 Bere a ɔbaa* Yerusalem behyiaa ɔhene no, ɔhene bisaa no sɛ: “Mefiboset, adɛn nti na wo ne me ankɔ?” 26 Ɛnna ɔkae sɛ: “Me wura ɔhene, me somfo no+ na ɔdaadaa me. W’akoa kae sɛ, ‘Ma menhyehyɛ afurum na mentena so ne ɔhene nkɔ,’ efisɛ w’akoa yɛ obubuafo.+ 27 Nanso ɔbɛsɛee w’akoa din kyerɛɛ me wura.+ Na me wura ɔhene de, wote sɛ nokware Nyankopɔn no bɔfo, enti nea eye ma wo biara, yɛ. 28 Anka me wura ɔhene betumi akunkum me papa fifo nyinaa, nanso wode w’akoa aka wɔn a wodidi wɔ wo pon so no ho.+ Enti hokwan bɛn na mewɔ sɛ mɛsan asu akyerɛ ɔhene?”
29 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woda so ara ka ho asɛm? Masi gyinae sɛ, wo ne Siba nkyɛ asaase no.”+ 30 Na Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Seesei a me wura ɔhene asan aba ne fi asomdwoe mu yi, ma ɔmfa ne nyinaa mpo.”
31 Na Gileadni Basilai+ fi Rogelim baa Yordan mpɔtam hɔ sɛ ɔrebegya ɔhene kwan akɔ Asubɔnten Yordan ho. 32 Ná Basilai anyin paa, na wadi mfe 80; bere a ɔhene wɔ Mahanaim no, ɔno na na ɔma no aduan,+ efisɛ na ɔyɛ ɔdefo paa. 33 Enti ɔhene ka kyerɛɛ Basilai sɛ: “Wo ne me ntwa nkɔ, na mɛma woanya w’ano aduan wɔ Yerusalem.”+ 34 Nanso Basilai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Me nkwa nna* a aka yɛ ahe na me ne ɔhene akɔ Yerusalem? 35 Seesei madi mfe 80.+ Metumi ahu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne? W’akoa bɛte nea midi ne nea menom dɛ? Anaa mɛte mmarima ne mmea nnwontofo nne bio?+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ w’akoa kɔyɛ adesoa ma me wura ɔhene? 36 Yordan ho a w’akoa de ɔhene abedu no ara dɔɔso ma me. Adɛn nti na ɔhene de akatua a ɛte sɛɛ rema me? 37 Mesrɛ wo, ma w’akoa nsan na ma minwu wɔ me kurom, baabi a ɛbɛn me papa ne me maame amusiei.+ W’akoa Kimham+ ni. Ma ɔne me wura ɔhene ntwa nkɔ, na nea eye ma wo biara, yɛ ma no.”
38 Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Kimham ne me betwa akɔ, na nea eye ma wo biara, mɛyɛ ama no; nea wobɛka biara, mɛyɛ ama wo.” 39 Afei nnipa no nyinaa fii ase twaa Yordan, na ɔhene nso twae. Ɔhene few Basilai afono ho,+ na ohyiraa no. Ɛnna Basilai san n’akyi kɔɔ ne kurom. 40 Bere a ɔhene twa kɔɔ Gilgal+ no, Kimham ne no kɔe, na Yudafo nyinaa ne Israelfo fã nso ne ɔhene kɔe.+
41 Ɛnna Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn, na wobisaa ɔhene sɛ: “Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima no wiaa wo sɛ wɔde ɔhene ne ne fifo ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa betwa Yordan?”+ 42 Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: “Efisɛ yɛn na ɔhene no yɛ yɛn busuani.+ Adɛn nti na moama asɛm yi ahyɛ mo abufuw? Yɛadidi ɔhene ho, anaa wakyɛ yɛn biribi?”
43 Nanso Israel mmarima ka kyerɛɛ Yuda mmarima sɛ: “Yɛwɔ kyɛfa du wɔ ahenni no mu, enti Dawid yɛ yɛn hene sen mo. Adɛn nti na moabu yɛn animtiaa? Ɛnyɛ yɛn na anka ɛsɛ sɛ yedi kan kɔfa yɛn hene ba?” Nanso Yuda mmarima ano boroo Israel mmarima so.*
20 Ná ɔbarima tuatewfo bi wɔ hɔ a ne din de Saba+ a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Ɔbɔɔ abɛn+ kae sɛ: “Yɛne Dawid nni hwee yɛ. Yɛrennya hwee mpo mfi ne hɔ. Ma Yese ba no mfa n’agyapade.+ Israelfo ee, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn!”*+ 2 Ɛbaa saa no, Israel mmarima nyinaa fii Dawid akyi kodii Bikri ba Saba akyi;+ Yuda mmarima de, wɔbataa wɔn hene ho, na wodii n’akyi fii Yordan ho kosii Yerusalem.+
3 Bere a Ɔhene Dawid beduu ne fi* wɔ Yerusalem no,+ ɔfaa ne mpenafo* du a ogyaw wɔn akyi sɛ wɔnhwɛ ofi no,+ na ɔde wɔn guu ofi bi mu sɛ nkurɔfo nhwɛ wɔn so, na ɔmaa wɔn aduan daa, nanso ɔne wɔn anna bio.+ Wɔhyɛɛ hɔ kosii wɔn wuda, na wɔyɛɛ sɛ akunafo bere a wɔn kunu te ase.
4 Afei ɔhene ka kyerɛɛ Amasa+ sɛ: “Kɔfrɛfrɛ Yuda mmarima ma wommehyia me nnansa ntam, na wo nso bra bi.” 5 Enti Amasa kɔfrɛfrɛɛ Yudafo behyiae, nanso bere a ɔhene hyɛɛ no no twaam ansa na ɔreba. 6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai+ sɛ: “Anhwɛ a nea Bikri ba Saba+ de bɛyɛ yɛn no bɛkyɛn Absalom de no.+ Fa wo wura nkoa na tiw no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenguan nkɔhyɛ nkurow a wɔabɔ ho ban no bi mu.” 7 Enti Yoab mmarima no,+ Keretifo, Peletifo,+ ne akatakyi no nyinaa dii n’akyi, na wopue fii Yerusalem kɔtaa Bikri ba Saba so. 8 Bere a woduu ɔbo kɛse no ho wɔ Gibeon+ no, Amasa+ behyiaa wɔn. Saa bere no, na Yoab hyɛ akotaade de sekan ahyɛ ne bɔha* mu bɔ n’asen. Ɔrebɛn Amasa no, sekan no fi tɔe.
9 Yoab bisaa Amasa sɛ: “Me nua, wo ho ye?” Na Yoab de ne nsa nifa soo Amasa abogyesɛ mu te sɛ nea ɔrefew n’ano. 10 Amasa adwene ankɔ sekan a ɛwɔ Yoab nsam no so, na Yoab de wɔɔ ne yam,+ na ne nsono tu guu fam. Esiane sɛ na ɔrewu nti, wansan amfa sekan no anwɔ no bio; ɔde wɔɔ no baako pɛ. Ɛnna Yoab ne ne nua Abisai kotiw Bikri ba Saba.
11 Yoab mmerante no baako gyinaa ne nkyɛn kae sɛ: “Obiara a ɔwɔ Yoab afã na ogyina Dawid akyi no, ma onni Yoab akyi!” 12 Saa bere no nyinaa, na Amasa da ɔkwan no mfinimfini repere wɔ ne mogya mu. Bere a aberante no hui sɛ nnipa no nyinaa du hɔ a na wɔagyina no, oyii Amasa fii kwan no mu kɔtoo wuram na ɔde ntama kataa no so, efisɛ ohui sɛ obiara du ne ho a na wagyina. 13 Bere a oyii no fii kwan no mu ara pɛ, mmarima no nyinaa kodii Yoab akyi, na wɔkɔtaa Bikri ba Saba+ so.
14 Saba kɔfaa Israel mmusuakuw nyinaa mu koduu Habel a ɛwɔ Bet-Maaka+ no. Bikrifo nyinaa boaboaa wɔn ho ano, na wɔn nso kɔkaa ne ho.
15 Yoab ne ne mmarima no kotwaa* Habel a ɛwɔ Bet-Maaka no ho hyiae, na wɔkaa Saba hyɛɛ mu. Afei wɔtotoo akoban* twaa kurow no ho hyiae. Ná wɔagye kurow no ho ban ahyia. Enti mmarima a wɔka Yoab ho nyinaa pempem ɔfasu no sɛ wɔredwiriw agu. 16 Ɛnna ɔbea nyansafo bi fi kurow no mu teɛɛm sɛ: “Muntie, mmarima, muntie! Mesrɛ mo, monka nkyerɛ Yoab sɛ, ‘Bra na me ne wo nkasa.’” 17 Enti ɔkɔɔ ɔbea no nkyɛn, na ɔbea no bisaa no sɛ: “Wone Yoab anaa?” Na ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me.” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tie w’afenaa asɛm.” Na ɔno nso kae sɛ: “Meretie.” 18 Ɔbea no toaa so sɛ: “Tete no, na obiara ka sɛ, ‘Ma wonkobisa wɔ Habel’; ɛba saa a, na asɛm no atwa.’ 19 Mekasa ma nnipa a wɔpɛ asomdwoe ne anokwafo a wɔwɔ Israel. Worebɛsɛe kurow a ɛte sɛ ɔbaatan wɔ Israel. Adɛn nti na wopɛ sɛ wosɛe* Yehowa agyapade?”+ 20 Yoab buae sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛsɛe kurow yi. 21 Ɛnyɛ saa na asɛm no te koraa; ɛyɛ ɔbarima bi a ofi Efraim mmepɔw so+ a ne din de Saba+ a ɔyɛ Bikri ba na wasɔre* atia Ɔhene Dawid. Sɛ muyi ɔno nko ara ba a, mɛtwe me ho afi kurow yi ho akɔ.” Ɛnna ɔbea no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Hwɛ! Wɔbɛtow ne ti afa ɔfasu no so abrɛ wo!”
22 Ɛhɔ ara na ɔbea nyansafo no kɔɔ nkurɔfo no nyinaa nkyɛn, na wokotwaa Bikri ba Saba ti, na wɔtow maa Yoab. Ɛnna ɔno nso bɔɔ abɛn maa obiara fii kurow no ho hwetee; obiara kɔɔ ne fi.+ Yoab de, ɔsan kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
23 Yoab na na ɔda Israel asraafo nyinaa ano,+ na Yehoiada+ ba Benaia+ nso na na ɔda Keretifo ne Peletifo ano.+ 24 Adoram+ na ɔhwɛɛ apaafo so; Ahilud ba Yehosafat+ na na ɔyɛ ɔhene krakye. 25 Ná Sewa ne ɔkyerɛwfo, ɛnna Sadok+ ne Abiatar+ yɛ asɔfo. 26 Ira a ofi Yair nso bɛyɛɛ Dawid soafo panyin.*
21 Dawid bere so no, ɔkɔm bi+ ba toaa so mfe abiɛsa, enti Dawid kobisaa Yehowa anom asɛm. Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Saul ne ne fi adi mogya ho fɔ, efisɛ okunkum Gibeonfo.”+ 2 Enti ɔhene frɛɛ Gibeonfo+ no ne wɔn kasae. (Nea ɛte ne sɛ, na Gibeonfo no nyɛ Israelfo, mmom wɔyɛ Amorifo+ a wɔaka, na Israelfo kaa wɔn ntam sɛ wɔremfa wɔn nsa nka wɔn.+ Nanso na Saul retwe kora ma Israel ne Yuda, enti okunkum wɔn.) 3 Dawid bisaa Gibeonfo no sɛ: “Dɛn na menyɛ mma mo, na dɛn na memfa mpata mo na ama moahyira Yehowa agyapade?” 4 Gibeonfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Saul ne ne fi asɛm no nyɛ dwetɛ ne sika asɛm,+ na enni yɛn nsam nso sɛ yebekum obi wɔ Israel.” Na ɔkae sɛ: “Nea mobɛka biara, mɛyɛ ama mo.” 5 Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔbarima a anka ɔretɔre yɛn ase na ɔbɔɔ pɔw sɛ ɔbɛhyew yɛn ase na yɛannya baabiara antena wɔ Israel asaase so no,+ 6 ma wɔmfa n’asefo baason mma yɛn. Yɛde wɔn amu bɛsensɛn dua so+ wɔ Yehowa anim wɔ Saul a Yehowa paw no+ no kurow Gibea+ mu.” Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Mede wɔn bɛma mo.”
7 Nanso ntam a Dawid ne Saul ba Yonatan kae wɔ Yehowa anim nti, ɔhene huu Saul ba Yonatan+ ba Mefiboset+ mmɔbɔ. 8 Enti ɔhene faa Aiya babea Rispa+ mma mmarima baanu, Armoni ne Mefiboset a ɔne Saul woo wɔn no, ne Saul babea Mikal*+ mma mmarima baanum a ɔwoo wɔn maa Adriel+ a ɔyɛ Basilai a ofi Mehola no ba no. 9 Na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfo no nsa, na wɔn nso sensɛn wɔn amu wɔ bepɔw so wɔ Yehowa anim.+ Wokum nnipa baason no nyinaa da koro. Twabere no da a edi kan, bere a wofi ase twa baali* no na wokum wɔn. 10 Ɛnna Aiya ba Rispa+ faa awerɛhow ntama* de sɛw ɔbotan no so, na wamma wim nnomaa ammesisi wɔn amu no so awia, na anadwo nso, wamma wuram mmoa amma ho. Ɔyɛɛ saa fi twabere mfiase kosii sɛ osu tɔ fii soro beguu amu no so.
11 Nea Aiya ba Rispa a na ɔyɛ Saul mpena* no yɛe no, wɔkɔka kyerɛɛ Dawid. 12 Enti Dawid kogyee Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe fii Yebes-Gilead mpanyimfo*+ hɔ; wɔn na wokowiaa wɔn fii Bet-San abɔnten so, baabi a Filistifo de wɔn kɔsɛnee, da a Filistifo no kum Saul wɔ Gilboa+ no. 13 Ɔde Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe fii hɔ bae; afei wɔkɔsesaw mmarima a wokunkum* wɔn no nso nnompe.+ 14 Ɛnna wobesiee Saul ne ne ba Yonatan nnompe wɔ Benyamin asaase Sela+ so wɔ Saul papa Kis+ amusiei. Bere a wɔyɛɛ nea ɔhene kae sɛ wɔnyɛ no nyinaa wiei no, Onyankopɔn tiee wɔn sufrɛ, na ohuu asaase no mmɔbɔ.+
15 Filistifo no ne Israelfo san bɛkoe.+ Enti Dawid ne ne nkoa no ne Filistifo koe, nanso eduu baabi no, na Dawid abrɛ. 16 Yisbi-Benob a ofi Refaim+ asefo mu no yɛe sɛ ɔrekum Dawid. Ná ne kɔbere peaw mu duru yɛ nnwetɛbona 300,*+ na na sekan a okura no yɛ foforo. 17 Ntɛm ara na Seruia ba Abisai+ bɛboaa no,+ na okum Filistini no. Ɛnna Dawid mmarima no kaa no ntam sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wo ne yɛn kɔ ɔko bio!+ Mma Israel kanea nnum!”+
18 Eyi akyi no, wɔne Filistifo koe bio+ wɔ Gob. Saa bere no, Husani Sibekai+ kum Saf a ofi Refaim+ asefo mu no.
19 Wɔsan ne Filistifo no koe+ wɔ Gob, na Betlehemni Yaare-Oregim ba Elhanan kum Gatni Goliat; ɔno na na ne peaw te sɛ ntamanwemfo dua kɛse no.+
20 Ɔko sii bio wɔ Gat; ná ɔbarima tenten kɛse bi wɔ hɔ a ne nsa abien no nyinaa wɔ nsateaa 6, na na ne nan abien no nyinaa nso wɔ nansoaa 6; ne nyinaa si 24. Ɔno nso, na ofi Refaim asefo mu.+ 21 Ná otwa Israel adapaa daa,+ enti Dawid nua Simea+ ba Yonatan kum no.
22 Nnipa baanan yi yɛ Refaim asefo a wofi Gat, na Dawid ne ne nkoa kunkum wɔn.+
22 Ɛda a Yehowa gyee Dawid fii n’atamfo nyinaa nsam,+ na ogyee no fii Saul nsam+ no, saa da no na Dawid kaa dwom+ yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa. 2 Ɔkae sɛ:
“Yehowa ne me botan, m’abannennen,+ ne me Gyefo.+
4 Yehowa fata ayeyi paa, na ɔno na misu frɛ no;
Obegye me afi m’atamfo nsam.
Ɔtee me nne wɔ n’asɔrefi hɔ,
Na me sufrɛ no duu n’asom.+
8 Ɛnna asaase hinhimii, na ɛwosowee denneennen;+
Ɔsoro fapem wosowee,+
Na n’abufuw nti, ɛwosowee biribiri.+
Na wohuu no sɛ ɔte ɔbɔfo ntaban* so.+
13 Hann a efi n’anim no, emu na nnyansramma fi dɛwee.
22 Mafa Yehowa akwan so,
Na minnyaw me Nyankopɔn nkɔyɛɛ bɔne.
26 Nea ɔyɛ ɔnokwafo no, wo nso wubedi no nokware;+
Ɔbarima* a ne ho nni asɛm no, wobɛma wahu sɛ wo ho nni asɛm;+
27 Nea ɔyɛ kronkron no, wo nso wobɛyɛ kronkron ama no,+
Na nea ɔyɛ ɔdaadaafo no, wobɛkyerɛ no sɛ w’ani atew kyɛn no.+
Ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde no ayɛ wɔn guankɔbea nyinaa.+
32 Hena na ɔyɛ Onyankopɔn ka Yehowa ho?+
Na hena na ɔyɛ ɔbotan ka yɛn Nyankopɔn ho?+
35 Ɔkyerɛ me nsa akodi;
Me basa tumi kuntun kɔbere agyan mu.
38 Metiw m’atamfo akɔsɛe wɔn;
Merensan kosi sɛ mɛtɔre wɔn ase.
43 Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ fam mfuturu;
Metiatia wɔn so awɔw wɔn sɛ abɔnten so atɛkyɛ.
44 Me man a wɔkasa tia me no, wubegye me afi wɔn nsam.+
47 Yehowa te ase! Ayeyi nka me Botan no!+
Me nkwagye botan Nyankopɔn no, ma yɛnkamfo no.+
48 Nokware Nyankopɔn no na otua m’atamfo so ka ma me;+
Ɔka aman gu me nan ase;+
49 Ogye me fi m’atamfo nsam;
23 Eyinom ne Dawid nsɛm a etwa to:+
“Yese ba Dawid+ nsɛm ni;
Ɔno ne ɔbarima a wɔmaa no so,+
Nea Yakob Nyankopɔn sraa no,+
Nea ɔtoo nnwom dɛdɛ+ wɔ Israel no.
‘Sɛ nea odi adasamma so no yɛ ɔtreneeni,+
Na sɛ odi hene wɔ Onyankopɔn suro mu a,+
4 Ɛte sɛ anɔpa hann, bere a owia apue,+
Anɔpa a omununkum nni hɔ.
Ɛte sɛ bere a osu atɔ awie na owia abɔ
Ama sare afifi asaase so.’+
5 Ɛnyɛ saa na me fi te wɔ Onyankopɔn ani so anaa?
Efisɛ ɔne me ayɛ daa apam,+
Na watoto ho biribiara ma agyina.
Sɛnea me nkwagye ne m’anigye nyinaa gyina so no,
Ɛnyɛ ɛno nti na ɔbɛma anyin anaa?+
7 Sɛ onipa rekɔsesaw a,
Gye sɛ ɔde dade ne peaw hyehyɛ ne ho;
Ogya na wɔde bɛto mu ahyew no dwerɛbee.”
8 Dawid akatakyi no+ din ni: Takemoni Yoseb-Basebet a ɔyɛ baasa no so panyin.+ Ɔno na ogyinaa ne nan so de peaw kunkum nnipa 800 da koro. 9 Ahohi aseni Dodo+ ba Eleasar+ na odi hɔ. Ɔka akatakyi baasa a na wɔne Dawid nam a wɔkekaa nsɛm de buu Filistifo no animtiaa no ho. Ná wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ hɔ sɛ wɔrebedi ako, na bere a Israel mmarima san wɔn akyi no, 10 ɔno na ɔsɔre kunkum Filistifo no, na eduu baabi no, sekan a okura no nti, ne nsa yɛɛ no yaw na egyenee.+ Enti saa da no, Yehowa ma wodii nkonim* kɛse;+ na asraafo no dii n’akyi yiyii wɔn a wakunkum wɔn no ho nneɛma.
11 Hararini Agee ba Samma na odi hɔ. Na Filistifo no boaboaa wɔn ho ano wɔ Lehi; ná asaase bi da hɔ a asedua ayɛ so ma, na Filistifo no nti, na nkurɔfo no aguan afi hɔ. 12 Nanso ɔtew gyinaa asaase no mfinimfini kunkum Filistifo no de bɔɔ asaase no ho ban; Yehowa ma wodii nkonim* kɛse.+
13 Atitiriw 30 no mu baasa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Adulam+ ɔbodan no mu twabere, bere a na Filistifo asraafo akɔsoɛ Refaim Bon+ no mu.* 14 Saa bere no, na Dawid wɔ abannennen+ no mu, na na Filistifo awɛmfo dɔm nso wɔ Betlehem. 15 Ɛnna Dawid kae sɛ: “O minya Betlehem kurow pon ano abura mu nsu a, anka mɛnom!” 16 Ɛhɔ ara na akatakyi baasa no de anuɔden bɔ wuraa Filistifo asoɛe no mu, na wɔkɔsaw Betlehem kurow pon ano abura mu nsu, na wɔde brɛɛ Dawid. Nanso wannom, na mmom ohwie guu fam maa Yehowa.+ 17 Na ɔkae sɛ: “O Yehowa, ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa! Mmarima a wɔde wɔn nkwa* too wɔn nsam yi mogya na mennom anaa?”+ Enti wannom. Eyi ne nea n’akatakyi baasa no yɛe.
18 Seruia+ ba Yoab nua Abisai+ nso, na ɔyɛ baasa foforo so panyin. Ɔno na ogyinaa ne nan so de peaw kunkum nnipa 300; ná wagye din te sɛ baasa no.+ 19 Mmarima baasa no mu no, ɔno na na wagye din kɛse, na na ɔno ne wɔn so panyin, nanso wanto baasa a wodi kan no.
20 Yehoiada ba Benaia+ yɛ ɔkokodurufo* a ɔyɛɛ nneɛma pii wɔ Kabseel.+ Okum Moabni Ariel mma mmarima baanu no, na da bi a na sukyerɛmma atɔ nso, osian kɔɔ abura mu kokum gyata bi.+ 21 Ɔno ara nso na okokum Egyptni ɔbran bi no. Ná Egyptni no kura peaw, nanso ɔde abaa kɔɔ Egyptni no so kohwim peaw no fii ne nsam, na ɔde peaw no kum no. 22 Saa nneɛma yi na Yehoiada ba Benaia yɛe, na ogyee din te sɛ akatakyi baasa no. 23 Ná wagye din sen aduasa no mpo, nanso wanto baasa a wodi kan no. Ne nyinaa akyi, Dawid de no sii n’awɛmfo so panyin.
24 Ná Yoab nua Asahel+ ka aduasa no ho; wɔn a wɔka ho ne Betlehemni+ Dodo ba Elhanan, 25 Harodni Samma, Harodni Elika, 26 Paltini Heles,+ Tekoani Ikes ba Ira,+ 27 Anatotni+ Abiesar,+ Husani Mebunai, 28 Ahohini Salmon, Netofani Maharai,+ 29 Netofani Baanah ba Heleb, Ribai ba Yitai a ofi Benyaminfo kurow Gibea mu, 30 Piratonni Benaia,+ Hidai a ofi Gaase+ subon no mpɔtam hɔ, 31 Arbatni Abi-Albon, Bahurimni Asmawet, 32 Saalbonni Eliaba, Yasen mma, Yonatan, 33 Hararini Samma, Hararini Sarar ba Ahiam, 34 Maakatni ba Ahasbai ba Elifelet, Giloni Ahitofel+ ba Eliam, 35 Karmelni Hesro, Arabiani Paarai, 36 Natan a ofi Soba ba Yigal, Gadni Bani, 37 Ammonni Selek, Beerotni Naharai a na okura Seruia ba Yoab akode, 38 Yitrini+ Ira, Yitrini Gareb, 39 ne Hitini Uria.+ Wɔn nyinaa si 37.
24 Yehowa bo fuw Israel bio,+ efisɛ obi piapiaa Dawid sɛ: “Kɔ na kɔkan+ Israel ne Yuda.”+ 2 Enti ɔhene ka kyerɛɛ asraafo so panyin Yoab+ a ɔka ne ho no sɛ: “Mesrɛ wo, kokyinkyin Israel mmusuakuw nyinaa mu fi Dan kosi Beer-Seba,+ na monkan ɔman no, na mommɛka ɔman no dodow nkyerɛ me.” 3 Ɛnna Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma Yehowa wo Nyankopɔn mma ɔman no mmu mmɔ ho 100, na me wura ɔhene mfa n’ani nhu. Adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ ɔyɛ saa?”
4 Nanso, ɔhene asɛm bunkam Yoab ne asahene no de so. Enti Yoab ne asahene no fii ɔhene anim kɔe, na wɔkɔkan Israel man no.+ 5 Wokotwaa Yordan, na wɔsoɛɛ Aroer+ wɔ kurow a ɛda bon mu no nifa so,* ɛnna wɔde wɔn ani kyerɛɛ Gadfo asaase so kɔɔ Yaser.+ 6 Afei wɔkɔɔ Gilead+ ne Tatim-Hodsi asaase so, na wɔtoaa so koduu Dan-Yaan, na wotwaam kɔɔ Sidon.+ 7 Ɛnna wɔkɔɔ Tiro,+ kurow a wɔabɔ ho ban no ne Hiwifo+ ne Kaananfo nkurow nyinaa mu, na wokowiei wɔ Negeb+ kurow Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asaase so no mu. 8 Enti wokyinkyin asaase no nyinaa so, na abosome akron ne nnafua 20 akyi no, wɔsan baa Yerusalem. 9 Afei Yoab de nnipa a wɔkan wɔn no dodow brɛɛ ɔhene; wonyaa Israel mmarima akantinka a wɔde sekan kɔ ɔko 800,000, na Yuda nso, wonyaa mmarima 500,000.+
10 Bere a Dawid kan ɔman no wiei no, ne koma buu no fɔ.*+ Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ade a mayɛ yi de, mayɛ bɔne+ kɛse. Na afei Yehowa, mepa wo kyɛw, fa w’akoa bɔne kyɛ no,+ na madi nkwaseasɛm paa.”+ 11 Bere a Dawid sɔree anɔpa no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Gad+ a ɔyɛ ɔdehufo ma Dawid no sɛ: 12 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Mede nneɛma abiɛsa resi w’anim. Yi mu baako na memfa nyɛ wo.”’”+ 13 Ɛnna Gad baa Dawid anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Memfa ɔkɔm mmra w’asaase so mfe ason?+ Anaa memma w’atamfo ntaa wo so na guan fi wɔn anim abosome abiɛsa?+ Anaa memma nsanyare a edi awu mmra w’asaase so nnansa?+ Afei dwen ho yiye na ma me mmuae nkɔma nea ɔsomaa me no.” 14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama mabotow paa. Mesrɛ wo, mma onipa nntwe yɛn aso,*+ ma Yehowa mmom ntwe m’aso,+ efisɛ ne mmɔborɔhunu dɔɔso.”+
15 Enti Yehowa de nsanyare a edi awu baa Israel so+ fi anɔpa no kosii bere a ɔhyɛe no, na efi Dan kosi Beer-Seba,+ nnipa 70,000 wuwui.+ 16 Bere a ɔbɔfo no de ne nsa kyerɛɛ Yerusalem so sɛ ɔrekokunkum ɛhɔfo no, mmusu a ɛreba no yɛɛ Yehowa mmɔbɔ,*+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔrekunkum nnipa no sɛ: “Ayɛ yiye! Fa wo nsa to hɔ.” Saa bere no, na Yehowa bɔfo no gyina Yebusini+ Arauna+ awiporowbea no nkyɛn.
17 Bere a Dawid huu ɔbɔfo a ɔrekunkum nnipa no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Me na mafom na mayɛ bɔne; nguan+ yi de, dɛn na wɔayɛ? Mesrɛ wo, me mmom na teɛ wo nsa wɔ me so; me ne me papa fi.”+
18 Enti Gad baa Dawid nkyɛn saa da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ na kosi afɔremuka wɔ hɔ ma Yehowa.”+ 19 Enti Dawid tiee asɛm a Yehowa nam Gad so kae no, na ɔkɔe. 20 Bere a Arauna maa n’ani so huu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔreba ne nkyɛn no, ntɛm ara na Arauna fii hɔ de n’anim kobutuw fam wɔ ɔhene anim. 21 Arauna bisae sɛ: “Dɛn na ɛde me wura ɔhene aba n’akoa nkyɛn yi?” Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Maba sɛ merebɛtɔ awiporowbea yi afi wo hɔ na masi afɔremuka wɔ ha ama Yehowa, sɛnea ɛbɛyɛ a mmusu no befi ɔman no so.”+ 22 Ɛnna Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma me wura ɔhene mfa, na ɔmmɔ afɔre biara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ* wɔ so. Hwɛ, anantwi a wode bɛbɔ ɔhyew afɔre ne awiporow ade ne anantwi no ho nneɛma a wode bɛsɔ gya ni. 23 O ɔhene, nneɛma yi nyinaa Arauna de ma ɔhene.” Ɛnna Arauna ka kyerɛɛ ɔhene bio sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn nhyira wo.”
24 Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: “Daabi, mɛtɔ atua ka, na meremmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa a merentua hwee.” Enti Dawid tɔɔ awiporowbea no ne anantwi no tuaa nnwetɛbona* 50.+ 25 Ɛnna Dawid sii afɔremuka+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Na Yehowa tiee ne sufrɛ, na ohuu asaase no mmɔbɔ+ maa mmusu no fii Israel so.
Anaa “kokunkum Amalekfo.”
Anaa “me kra da so wɔ me mu.”
Anaa “wodii mmuada.”
Anaa “kwadwom.”
Anaa “wɔn a wontwaa wɔn dua.”
Anaa “na wɔn ho yɛ ahomeka.”
Nt., “Nna dodow.”
Anaa “wonni aperepere.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔnantew faa Bitron.”
Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.
Nt., “na hwɛ, me nsa bɛka wo ho.”
Anaa “mede Filistifo mmarima 100 dua ano were bae.”
Anaa “wo kra pɛ.”
Nt., “Asahel mogya.”
Hebri kasa mu no, ɛkyerɛ ɔbarima a yare ama biribi sen fi ne dua mu ba.
Ebetumi aba sɛ ɛfa ɔbarima a ɔyɛ apakye a mmea nnwuma na ɔyɛ ho.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn.”
Nt., “bɔne mma.”
Anaa “awerɛhowdi paanoo.”
Nt., “Saul ba no.”
Nt., “ne nsam gowee.”
Anaa “apakye.”
Anaa “ɔrehwehwɛ wo kra.”
Anaa “ogyee me kra.”
Anaa “mogya koro.”
Nt., “de wɔn kɔ na wode wɔn ba.”
Anaa “Dawid kra kyi wɔn.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔfrɛɛ hɔ.”
Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “hyɛ no ma.”
Anaa “ahemfi.”
Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “Asaasetraa no so.”
Ɛkyerɛ, “Mmu-fa-so Hene.”
Anaa “Asaasetraa no so.”
Edin “baka” no fi Hebri kasa mu, na wonnim dua ko pɔtee.
Wɔfrɛ hɔ “Gibeon” wɔ 1Be 14:16.
Ebetumi nso akyerɛ, “kerubim ntam.”
Hebri asɛmfua no kyerɛ nnade ntraantraa abien a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, egyigye kyan-kyan.
Wɔfrɛ hɔ “Kidon” wɔ 1Be 13:9.
Anaa “ɛhaw Dawid.”
Ɛkyerɛ, “Abufuw a Ɛpae Guu Ussa So.”
Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ aduaba bi a ɛwɔ Palestina a ɛte sɛ adobɛ.
Anaa “n’ahemfi.”
Nt., “menantew kɔ.”
Nt., “Israel mma.”
Nt., “metwa.”
Anaa “adehye abusua.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “nea obefi w’asen mu aba.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Adam asefo.”
Anaa “mmara.”
Anaa “sɛnea wo pɛ te.”
Anaa “adehye abusua.”
Anaa “asi ne bo.”
Anaa “Yehowa gyee no.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Tou wɔ 1Be 18:9, 10 no.
Anaa “Yehowa gyee no.”
Nt., “asɔfo.”
Anaa “apakye.”
Nt., “wubedi paanoo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “me.”
Anaa “wɔn ho abɔn Dawid.”
Anaa “asraafo a wɔnam fam.”
Anaa “mmarima a wofi Tob.”
Anaa “mmarima a wofi Tob.”
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Kyerɛ sɛ, bere a nneɛma fefɛw.
Anaa “awia rekɔ anwummere mu hɔ no.”
Anaa “ɔhene fi.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Amiel wɔ 1Be 3:5 no.
Ɛbɛyɛ sɛ na wayɛ bra awie.
Nt., “kɔhohoro wo nan ho.”
Anaa “ɔhene kyɛfa,” kyerɛ sɛ kyɛfa a obi de kɔma ne hɔho a obu no.
Anaa “wo kra.”
Anaa “Osuu.”
Anaa “oguammere.”
Anaa “dii mmuada.”
Anaa “n’ahemfi.”
Efi Hebri asɛmfua bi mu; ɛkyerɛ “Asomdwoe.”
Ɛkyerɛ, “Yah Dɔfo.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ baabi a kurow no mufo nya nsu.
Nt., “me na wɔde me din bɛto kurow no so.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “awerɛkyekye paanoo.”
Nt., “keeki a wɔabɔ no sɛ koma.”
Anaa “awerɛkyekye paanoo.”
Anaa “awerɛkyekye paanoo.”
Anaa “ataade a wɔanwene nneɛma wom.”
Nt., “mmfa ne koma nnkɔ so.”
Anaa “na wakyekye ne werɛ.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “kyerɛɛ no nea ɔkɔ a ɔnka.”
Anaa “kra.”
Kyerɛ sɛ, anidaso biara a ɛwɔ hɔ sɛ obenya asefo.
Nt., “ne nkaefo.”
Anaa “mogya ho weredifo.”
Anaa “kra.”
Anaa “wo kra te ase.”
Anaa “nea me wura ɔhene aka no, obiara rentumi nnan mfi ho nkɔ nifa anaa benkum.”
Bɛyɛ kilo. 2.3. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nkaribo bi a na wɔde kari ade wɔ ahemfi anaasɛ “ahemfi” dwetɛbona a ɛyɛ soronko wɔ dwetɛbona a obiara nim no ho.
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Ebetumi nso akyerɛ, “Mfe 40.”
Anaa “me nso mɛsom.” Nt., “mede ɔsom kronn bɛma.”
Kyerɛ sɛ, nkurɔfo a wɔsoma wɔn kodɛɛ ma wɔkɔhwɛ sɛnea baabi te na wɔbɛka.
Ɛkyerɛ pɔw bɔne a nkurɔfo bɔ wɔ obi ho.
Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “ahemfi.”
Anaa “wɔretwam wɔ ne nkyɛn.”
Anaa “wɔn mu biara twaam wɔ ɔhene anim.”
Anaa “Ngo Bepɔw.”
Anaa “agyinatu.”
Anaa “Husai a Dawid ne no ka atirimsɛm no.”
Ɛyɛ aduaba bi a ɛwɔ Palestina a ɛte sɛ adobɛ.
Anaa “banana.”
Anaa “ɔbarima a odi mogya ho fɔ!”
Anaa “ɔbarima a odi mogya ho fɔ.”
Anaa “me kra.”
Anaa “Arkini Husai a Dawid ne no ka atirimsɛm.”
Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “ahemfi.”
Anaa “Ahitofel afotu te sɛ nea obi akɔ nokware Nyankopɔn no nkyɛn akobisa biribi.”
Anaa “ne nsa abien nyinaa mu agow.”
Anaa “wɔn kra ani abere.”
Anaa “amoa; abon.”
Anaa “ɔhyɛ ma.”
Ebetumi nso akyerɛ, “asaase pradadaa so.”
Nt., “wɔbɛmemene.”
Anaa “ɔhyɛɛ ne ho akɔmfo.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “nufusu a ada.”
Nt., “wɔremfa wɔn koma nsi yɛn so.”
Nt., “ɔsoro ne asaase ntam.”
Anaa “bɛlt.”
Nt., “wokari nnwetɛbona 1,000 mpo gu me nsam a.”
Anaa “meyɛɛ ne kra bɔne a.”
Ebetumi nso akyerɛ, “bɛmma; peaw.” Nt., “nnade.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Nt., “wɔmaa wɔn nsa so.”
Nt., “wo somfo.”
Anaa “nkwagye.”
Anaa “kra.”
Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “kra.”
Nt., “fa dwudwo wɔn bo.”
Anaa “yɛyɛ mogya koro.”
Nt., “ɔdan.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔfaa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Bere a ofii.”
Nt., “Me mfe nna.”
Anaa “Yuda mmarima ano yɛɛ den sen Israel mmarima.”
Ebetumi nso akyerɛ, “obiara nkɔ ne ntamadan mu!”
Anaa “n’ahemfi.”
Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.
Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nhoma na wɔtaa de yɛ.
Nt., “Wokotwaa.”
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Nt., “womene.”
Nt. “wama ne nsa so.”
Nt., “sɔfo.”
Ebetumi nso ayɛ, “Merab.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.
Ebetumi nso akyerɛ, “nsaasewuranom.”
Anaa “wɔsensɛn.”
Bɛyɛ kilo. 3.42. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “me gyefo a ne ho yɛ den.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “m’abantenten.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mframa ntaban.”
Anaa “mframa a efi ne hwene mu.”
Anaa “baabi a ɛhɔ trɛw.”
Nt., “Me nsa a ɛho tew.”
Nt., “Ɔbarima kantinka.”
Anaa “Me nankɔn.”
Anaa “Wobɛma m’atamfo adan wɔn akyi ama me.”
Nt., “mɛma wɔaka wɔn ano atom.”
Nt., “Sɛ aso te a, wɔbɛyɛ osetie ama me.”
Anaa “bekisa.”
Anaa “mɛbɔ nnwom.”
Anaa “Nkonim akɛse na odi.”
Nt., “n’aba.”
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Anaa “wonyaa nkwagye.”
Anaa “wonyaa nkwagye.”
Anaa “Asaasetraa no so.”
Anaa “wɔn kra.”
Nt., “ɔbarima ba.”
Anaa “anaafo.”
Anaa “n’ahonim buu no fɔ.”
Anaa “mma mennhwe onipa nsam.”
Anaa “awerɛhow.”
Nt., “eye wɔ n’ani so.”
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.