א [ʼAʹleph]
119 Anigyeɛ ne wɔn a wɔn ho nni asɛm, wɔn kwan mu+
Na wɔnante Yehowa mmara mu.+
2 Anigyeɛ ne wɔn a wɔdi ne nkaesɛm soɔ;+
Wɔde wɔn akoma nyinaa hwehwɛ no.+
3 Wɔnyɛ amumuyɔdeɛ biara,+
Na wɔnante n’akwan mu.+
4 Wo na woahyɛ yɛn+ sɛ
Yɛnhwɛ nni wo mmara so yie.+
5 O sɛ anka m’akwan retim+
Ama madi w’ahyɛdeɛ so ɛ!+
6 Ɛno deɛ, anka m’ani renwu,+
Berɛ a mehwɛ wo mmara nsɛm+ nyinaa no.
7 Sɛ mesua w’atemmusɛm+ a ɛtene a,
Mɛkamfo wo m’akoma mu teeyɛ mu.+
8 Mɛdi w’ahyɛdeɛ so daa.+
Nnya me koraa.+
ב [Behth]
9 Aberanteɛ+ bɛyɛ dɛn ate ne kwan ho?
Ɛne sɛ ɔbɛhwɛ ne ho so sɛdeɛ w’asɛm teɛ.+
10 Mede m’akoma nyinaa ahwehwɛ wo.+
Mma mennnane mmfiri wo mmara nsɛm ho.+
11 Mede wo nsɛm asie m’akoma mu+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na manyɛ bɔne antia woɔ.+
12 O Yehowa, nhyira nka wo.
Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+
13 Mede m’ano aka+
W’anom atemmusɛm nyinaa.+
14 Wo nkaesɛm kwan mu na medi ahurisie+
Sɛdeɛ meyɛ no ahonyadeɛ foforɔ biara ho no.+
15 W’ahyɛdeɛ ho na mɛdwendwene,+
Na w’akwan na mɛhwɛ.+
16 W’ahyɛdeɛ deɛ, merenni ho agorɔ.+
Na w’asɛm nso, me werɛ remfiri.+
ג [Giʹmel]
17 Wo ne w’akoa nni no yie, na manya nkwa,+
Na madi w’asɛm so.+
18 Bue m’ani, na menhwɛ+
Wo mmara mu anwanwadeɛ.+
19 Me deɛ, meyɛ ɔhɔhoɔ asase no so.+
Mfa wo mmara nsɛm+ nhunta me.
20 Anigyina hyɛ me kra mã+
W’atemmusɛm ho daa nyinaa.+
21 Woaka ahantanfoɔ+ abusuyɛfoɔ no anim,
Wɔn a wɔremane firi wo mmara nsɛm ho no.+
22 Yi ahohorabɔ ne animtiabuo firi me so,+
Na wo nkaesɛm so na madie.+
23 Adehyeɛ mma tena ase; me na wɔbom kasa tia me.+
Na w’akoa deɛ, w’ahyɛdeɛ ho na ɔdwene.+
24 Wo nkaesɛm nso, menni ho agorɔ,+
Ɛte sɛ m’afotufoɔ.+
ד [Daʹleth]
25 Me kra repere kɔ dɔteɛ mu.+
Kora me nkwa so sɛdeɛ w’asɛm teɛ.+
26 Maka m’akwan akyerɛ wo na woagye me so.+
Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+
27 Ma mente w’ahyɛdeɛ akwan ase,+
Na ama madwendwene w’anwanwadwuma ho.+
28 Awerɛhoɔ nti me kra ntumi nna.+
Ma me so sɛdeɛ w’asɛm teɛ.+
29 Yi nkontompo kwan firi me ho,+
Na fa wo mmara dom me.+
30 Nokorɛ kwan na mayie.+
W’atemmusɛm na mebu no sɛ ɛfata.+
31 Mabata wo nkaesɛm ho.+
O Yehowa, mma m’ani nnwu.+
32 Wo mmara nsɛm+ kwan so na mɛtu mmirika,
Ɛfiri sɛ wobue m’akoma mu.+
ה [Heʼ]
33 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ kwan,+
Na ama madi so akɔsi aseɛ.+
34 Ma mennya nteaseɛ, na matumi adi wo mmara so,+
Na mede m’akoma nyinaa adi so.+
35 Ma mennante wo mmara nsɛm kwan so,+
Ɛfiri sɛ ɛno na m’ani gye ho.+
36 Ma m’akoma nkɔ wo nkaesɛm so,+
Na mma no nnkɔ mfasopɛ so.+
37 Mma m’ani nnhwɛ ahuhudeɛ;+
Wo kwan mu na kora me nkwa soɔ.+
38 Ma wo nsɛm mmra mu mma w’akoa;+
Ɛno na ɛma wɔsuro woɔ.+
39 Ma m’ahohora a mesuro no ntwam nkɔ,+
Ɛfiri sɛ w’atemmusɛm yɛ.+
40 Hwɛ! M’ani agyina w’ahyɛdeɛ.+
Wo tenenee nti, kora me nkwa so.+
ו [Waw]
41 O Yehowa, ma w’adɔeɛ mmra me so,+
Ne wo nkwagyeɛ, sɛdeɛ w’asɛm teɛ,+
42 Na ama manya asɛm abua deɛ ɔbɔ me ahohora no,+
Ɛfiri sɛ mede me ho ato w’asɛm so.+
43 Nyi nokwasɛm no mfiri m’anom koraa,+
Ɛfiri sɛ w’atemmusɛm so na m’ani da.+
44 Mɛdi wo mmara so daa,+
Mɛdi so daa daa.+
45 Mɛtutu m’anammɔn deɛ ɛhɔ trɛ,+
Ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ na mahwehwɛ.+
46 Wo nkaesɛm nso mɛka ho asɛm ahemfo anim,+
Na meremfɛre.+
47 Merenni wo mmara nsɛm ho agorɔ,+
Ɛfiri sɛ mewɔ ho anigyeɛ kɛse.+
48 Mɛma me nsa so akyerɛ wo, anigyeɛ kɛseɛ a mewɔ no wo mmara nsɛm ho nti,+
Na w’ahyɛdeɛ ho na mɛdwendwene.+
ז [Zaʹyin]
49 Kae asɛm a woaka akyerɛ w’akoa,+
Deɛ woama mede m’ani ato soɔ no.+
50 Yei ne m’awerɛkyekyerɛ, m’amanehunu mu,+
Ɛfiri sɛ wo nsɛm na akora me nkwa soɔ.+
51 Ahantanfoɔ di me ho fɛ pii.+
Nanso memmane mfirii wo mmara ho.+
52 O Yehowa, ɛfiri teteete na makae w’atemmusɛm,+
Na ɛma me awerɛkyekyerɛ.+
53 Abufuhyeɛ ahyɛ me so, nnebɔneyɛfoɔ+ a
Wɔgya wo mmara nti.+
54 W’ahyɛdeɛ ayɛ nnwom ama me+
Wɔ baabi a makɔsoɛ hɔ sɛ ɔhɔhoɔ no.+
55 O Yehowa, ɛduru anadwo a, mekae wo din+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛdi wo mmara soɔ.+
56 Yei nyinaa ayɛ me dea,
Ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ so na madie.+
ח [Chehth]
57 Yehowa ne me kyɛfa;+
Mahyɛ bɔ sɛ mɛdi w’asɛm so.+
58 Mede m’akoma nyinaa ahwehwɛ w’anim adom.+
Ma mennya w’anim adom sɛdeɛ w’asɛm teɛ.+
59 Mahwɛ m’akwan yie+
Sɛdeɛ me nan bɛdane akɔ wo nkaesɛm ho.+
60 Metutuu mmirika, na mantwentwɛn me nan ase+
Sɛ mɛdi wo mmara nsɛm so.+
61 Nnebɔneyɛfoɔ nhoma twaa me ho hyiaeɛ.+
Nanso me werɛ amfiri wo mmara.+
62 Mesɔre dasuom da wo ase+
Wɔ wo tenenee atemmusɛm ho.+
63 Me nnamfo ne wɔn a wɔsuro woɔ+
Ne wɔn a wɔdi w’ahyɛdeɛ soɔ.+
64 O Yehowa, w’adɔeɛ ahyɛ asase so mã.+
Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+
ט [Tehth]
65 Wo ne w’akoa adi no yie,+
O Yehowa, wo ne no adi sɛdeɛ w’asɛm teɛ.+
66 Kyerɛkyerɛ me papayɛ+ ne nyansa+ ne nimdeɛ,+
Ɛfiri sɛ wo mmara nsɛm na magye adie.+
67 Ansa na mereba ahohia mu no, na meyɛ bɔne a mennim,+
Nanso seesei deɛ, w’asɛm so na medie.+
68 Woyɛ na woyɛ adepa.+
Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+
69 Ahantanfoɔ de atorɔ adware me.+
Na me deɛ, mede m’akoma nyinaa bɛdi w’ahyɛdeɛ so.+
70 Wɔn akoma apirim sɛ sradeɛ.+
Na me deɛ, menni wo mmara ho agorɔ.+
71 Ɛyɛ ma me sɛ makɔ ahohia mu,+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsua w’ahyɛdeɛ.+
72 W’anom mmara+ yɛ ma me,+
Ɛyɛ sene sika ne dwetɛ mpempem.+
י [Yohdh]
73 Wo nsa na ɛyɛɛ me na ɛsiesiee me kama.+
Ma mennya nteaseɛ na menhunu wo mmara nsɛm.+
74 Wɔn a wɔsuro woɔ no na wɔhu me di ahurisie,+
Ɛfiri sɛ wo nsɛm so na m’ani da.+
75 O Yehowa, menim sɛ w’atemmusɛm tene,+
Na wo nokorɛdie mu na woama me ho ahiahia me.+
76 Mesrɛ wo, ma w’adɔeɛ nkyekyere me werɛ,+
Sɛdeɛ woaka akyerɛ w’akoa no.+
77 Ma wo mmɔborɔhunu mmra me so, na mentena nkwa mu;+
Ɛfiri sɛ menni wo mmara ho agorɔ.+
78 Ma ahantanfoɔ ani nwu, ɛfiri sɛ wɔadaadaa me kwa.+
Na me deɛ, w’ahyɛdeɛ na medwendwene ho.+
79 Ma wɔn a wɔsuro woɔ no nnane mmra me nkyɛn,+
Ne wɔn a wɔnim wo nkaesɛm no.+
80 Mma m’akoma mmfom w’ahyɛdeɛ ho,+
Na m’ani anwu.+
כ [Kaph]
81 Wo nkwagyeɛ abɔ me kra yareɛ;+
Na w’asɛm so na m’ani da.+
82 W’asɛm na m’ani gyina daa,+
Na meka sɛ: “Wobɛkyekyere me werɛ da bɛn?”+
83 Mayɛ sɛ kotokuo+ a ɛsɛn wisie mu.
Nanso me werɛ mfirii w’ahyɛdeɛ.+
84 W’akoa nna yɛ sɛn?+
Da bɛn na wobɛbu wɔn a wɔtaa me no atɛn?+
85 Ahantanfoɔ atu amena na ama wɔanya me;+
Wɔn na wɔnni wo mmara soɔ.+
86 Wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ.+
Wɔtaa me kwa. Boa me ɛ.+
87 Ɛkaa kakraa bi sɛ anka wɔretɔre m’ase afiri asase so;+
Nanso mannya w’ahyɛdeɛ.+
88 Kora me nkwa so sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ,+
Na ama madi w’anom nkaesɛm so.+
ל [Laʹmedh]
89 O Yehowa, ɛde kɔsi mmerɛsanten no,+
W’asɛm tim hɔ wɔ soro.+
90 Wo nokorɛdie wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.+
Wode asase atim hɔ pintinn sɛ ɛnnyina hɔ daa.+
91 Agyina hɔ abɛsi nnɛ sɛdeɛ w’atemmusɛm teɛ,+
Ɛfiri sɛ abɔdeɛ nyinaa som wo.+
92 Sɛ ɛnyɛ wo mmara a menni ho agorɔ a,+
Anka saa berɛ yi masɛe, m’ahohia mu.+
93 Me werɛ remfiri w’ahyɛdeɛ da biara da,+
Ɛfiri sɛ ɛno so na wonam kora me nkwa soɔ.+
94 Meyɛ wo dea. Gye me nkwa,+
Ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ na mahwehwɛ.+
95 Nnebɔneyɛfoɔ tetɛ me sɛ wɔbɛnya me asɛe me.+
Nanso wo nkaesɛm na mema m’adwene kɔ soɔ.+
96 Pɛyɛ nyinaa wɔ baabi a ɛkɔsie.+
Wo mmara nsɛm deɛ, emu dɔ yie.
מ [Mem]
97 Hwɛ sɛdeɛ medɔ wo mmara!+
Ɛno na medwene ho da mu nyinaa.+
98 Wo mmara nsɛm ama mahunu nyansa asene m’atamfo,+
Ɛfiri sɛ ɛyɛ me dea daa.+
99 Manya nhunumu asene m’akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,+
Ɛfiri sɛ wo nkaesɛm na medwene ho.+
100 Nteaseɛ a ɛboro mpanimfoɔ deɛ soɔ na mede yɛ m’adeɛ,+
Ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ so na madie.+
101 Mantu me nan ansi kwammɔne biara so+
Na ama madi w’asɛm so.+
102 Memmane mfirii w’atemmusɛm ho,+
Na wo na woakyerɛkyerɛ me.+
103 Hwɛ sɛdeɛ wo nsɛm yɛ fremfrem me dodom,
Ɛsene ɛwoɔ wɔ m’anom!+
104 W’ahyɛdeɛ na ama mede nteaseɛ yɛ m’adeɛ.+
Ɛno nti na mekyiri nkontompo kwan biara no.+
נ [Nun]
105 W’asɛm yɛ me nan ase kanea,+
Ne me kwan so hann.+
106 Maka ntam, na mɛdi so,+
Mɛdi wo tenenee atemmusɛm so.+
107 Mahunu amane dodo.+
O Yehowa, kora me nkwa so sɛdeɛ w’asɛm teɛ.+
108 O Yehowa, mesrɛ wo, ma w’ani nsɔ m’anom ayɛyɛdeɛ,+
Na kyerɛkyerɛ me w’atemmusɛm.+
109 Me kra da me nsam daa;+
Nanso wo mmara deɛ, me werɛ mfiriiɛ.+
110 Nnebɔneyɛfoɔ asum me fidie,+
Nanso memmane mfirii w’ahyɛdeɛ ho.+
111 Mafa wo nkaesɛm sɛ m’agyapadeɛ daa daa,+
Ɛfiri sɛ ɛno ne m’akomam ahurisidie.+
112 Mede m’akoma asi so sɛ mɛdi w’ahyɛdeɛ so+
Daa daa, akɔsi awieeɛ.+
ס [Saʹmekh]
113 Mekyiri nnipa a wɔn akoma nni mu,+
Na medɔ wo mmara.+
114 Wone me huntabea ne me kyɛm.+
W’asɛm so na m’ani da.+
115 Nnebɔneyɛfoɔ, momfiri me so nkɔ,+
Na matumi adi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.+
116 Sɔ me mu sɛdeɛ w’asɛm teɛ, na mentena nkwa mu,+
Na mma m’anim nngu ase, m’anidasoɔ ho.+
117 Wowa me ma mennya nkwa,+
Na menhwɛ w’ahyɛdeɛ daa.+
118 Woto wɔn a wɔmane firi w’ahyɛdeɛ ho nyinaa gu;+
Wɔyɛ nkontompofoɔ nnaadaafoɔ.+
119 Woama asase so nnebɔneyɛfoɔ nyinaa afiri hɔ sɛ dadeɛ mu fĩ.+
Enti na medɔ wo nkaesɛm no.+
120 Wo ho hu ma me nipadua woso;+
W’atemmusɛm nti, mebɔ hu.+
ע [ʽAʹyin]
121 Mabu atɛn tenenee mu, na mayɛ adetenenee.+
O nnya me mma wɔn a wɔsisi me!+
122 Di w’akoa agyinamu ma ɛnsi no yie.+
Mma ahantanfoɔ mmmu me ntɛnkyea.+
123 Wo nkwagyeɛ na m’ani gyina daa;+
Ɛne wo tenenee asɛm.+
124 Wo ne w’akoa nni sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ,+
Na kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+
125 Meyɛ w’akoa.+ Ma mennya nteaseɛ,+
Na ama mahunu wo nkaesɛm.+
126 Berɛ aduru sɛ Yehowa yɛ biribi.+
Wɔabu wo mmara so.+
127 Enti na madɔ wo mmara nsɛm+
Asene sika, sika amapa mpo.+
128 Ɛno nti na mabu adeɛ nyinaa ho ahyɛdeɛ sɛ ɛtene;+
Mekyiri nkontompo kwan biara.+
פ [Peʼ]
129 Wo nkaesɛm yɛ nwanwa.+
Ɛno nti na me kra adi soɔ.+
130 Wo nsɛm so bue a, ɛma hann,+
Na ɛma deɛ ɔnni nimdeɛ nya nteaseɛ.+
131 Mabue m’anom hoo ahoperɛ mu,+
Ɛfiri sɛ m’ani agyina wo mmara nsɛm.+
132 Dane w’ani kyerɛ me na dom me,+
Sɛdeɛ w’atemmuo teɛ wɔ wɔn a wɔdɔ wo din soɔ no.+
133 Ma m’anammɔn ntim w’asɛm mu,+
Na mma adebɔne bi nnni me so.+
134 Gye me firi nnipa asisifoɔ nsam,+
Na mɛdi w’ahyɛdeɛ so.+
135 Te w’anim ma w’akoa,+
Na kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+
136 Nisuo asene afiri m’ani ase,+
Wo mmara so a wɔannie nti.+
צ [Tsa·dhehʹ]
137 O Yehowa, wotene,+
Na w’atemmusɛm nso tene.+
138 Woahyɛ sɛ yɛnni wo nkaesɛm so+ wɔ wo tenenee
Ne nokorɛdie bebree mu.+
139 Nnamyɛ ahyɛ me so,+
Ɛfiri sɛ m’atamfo werɛ afiri wo nsɛm.+
140 W’asɛm yɛ deɛ wɔapa mu yie,+
Na w’akoa ani gye ho sɛ.+
141 Memfra, na mensɛ hwee.+
Nanso me werɛ mfirii w’ahyɛdeɛ.+
142 Wo tenenee yɛ daa tenenee,+
Na wo mmara yɛ nokorɛ.+
143 Ahohia ne ahokyerɛ baa me so,+
Nanso wo mmara nsɛm deɛ, manni ho agorɔ.+
144 Wo nkaesɛm tene afebɔɔ.+
Ma mennya nteaseɛ na makɔ so atena nkwa mu.+
ק [Qohph]
145 Mede m’akoma nyinaa afrɛ wo.+ O Yehowa, gye me so.+
Mɛdi w’ahyɛdeɛ so.+
146 Masu mafrɛ wo. Gye me so ɛ!+
Na mɛdi wo nkaesɛm so.+
147 Mesɔre anɔpahema+ mesu hwehwɛ boafoɔ.+
Na w’asɛm so na m’ani da.+
148 M’ani di anadwo awɛmfoɔ dɔn anim,+
Na medwendwene w’asɛm ho.+
149 Tie me nne sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ.+
O Yehowa, sɛdeɛ w’atemmusɛm teɛ no, kora me nkwa so.+
150 Wɔn a wɔdi ahohwibra akyi+ no abɛn;
Wɔamane afiri wo mmara ho koraa.+
151 O Yehowa, wobɛn,+
Na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ.+
152 Mehunuu w’adansesɛm akyɛ,+
Na ɛfiri tete na wode sii hɔ.+
ר [Rehsh]
153 Hwɛ m’amanehunu na gye me,+
Ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara.+
154 Di m’asɛm ma me na gye me;+
Kora me nkwa so sɛdeɛ w’asɛm teɛ.+
155 Nkwagyeɛ ne nnebɔneyɛfoɔ ntam ware,+
Ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛɛ w’ahyɛdeɛ.+
156 O Yehowa, wo mmɔborɔhunu dɔɔso.+
Sɛdeɛ w’atemmusɛm teɛ no, kora me nkwa so.+
157 M’ataafoɔ ne m’atamfo dɔɔso.+
Nanso memmane mfirii wo nkaesɛm ho.+
158 Mehunu nkontompofoɔ nneyɛɛ,+
Na ɛyɛ me abofono, ɛfiri sɛ wɔnni w’asɛm so.+
159 O hwɛ sɛdeɛ medɔ w’ahyɛdeɛ.+
O Yehowa, kora me nkwa so sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ.+
160 W’asɛm mũ no nyinaa yɛ nokorɛ,+
Na wo tenenee atemmusɛm nyinaa nso wɔ hɔ daa.+
ש [Sin] anaa [Shin]
161 Adehyeɛ mma ataa me kwa,+
Nanso w’asɛm nko na m’akoma suro.+
162 W’asɛm na medi ho ahurisie+
Sɛdeɛ obi a wanya asadeɛ pii yɛ.+
163 Nkontompo deɛ, mekyiri,+ na ɛyɛ me tan.+
Ɛfiri sɛ medɔ wo mmara.+
164 Meyi wo ayɛ mprɛ nson da koro,+
Wo tenenee atemmusɛm nti.+
165 Asomdwoeɛ pii wɔ hɔ ma wɔn a wɔdɔ wo mmara,+
Na biribiara nto wɔn suntidua.+
166 O Yehowa, wo nkwagyeɛ so na m’ani da,+
Na madi wo mmara nsɛm so.+
167 Me kra adi wo nkaesɛm so,+
Na ɛda m’akoma so yie.+
168 Madi w’ahyɛdeɛ ne wo nkaesɛm so;+
M’akwan nyinaa da w’anim.+
ת [Taw]
169 O Yehowa, ma me sufrɛ nnuru w’anim.+
Sɛdeɛ w’asɛm teɛ no, ma mennya nteaseɛ.+
170 Ma me nkotɔsrɛ nnuru w’anim.+
Sɛdeɛ w’asɛm teɛ no, gye me nkwa.+
171 Ma m’ano nworo ayeyisɛm,+
Ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+
172 Ma me kɛtrɛma nto wo nsɛm ho dwom,+
Ɛfiri sɛ wo mmara nsɛm nyinaa yɛ tenenee.+
173 Ma wo nsa mmoa me,+
Ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ na mayie.+
174 O Yehowa, m’ani agyina wo nkwagyeɛ,+
Na wo mmara nso, menni ho agorɔ.+
175 Ma me kra nkɔ so ntena ase na ɛnyi wo ayɛ,+
Na ma w’atemmusɛm mmoa me.+
176 Mafom kwan sɛ odwan a wayera.+ Hwehwɛ w’akoa ɛ,+
Ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara nsɛm.+