Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

1 Samuel Mu Nsɛntitire

1 SAMUEL

EMU NSƐNTITIRE

  • 1

    • Elkana ne ne yerenom ho nsɛm (1-8)

    • Ná Hanah nni ba; ɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛ ɔbabarima (9-18)

    • Ɔwoo Samuel na ɔde no maa Yehowa (19-28)

  • 2

    • Hanah mpaebɔ (1-11)

    • Eli mma mmienu no bɔne (12-26)

    • Yehowa buu Eli fie atɛn (27-36)

  • 3

    • Wɔfrɛɛ Samuel maa no bɛyɛɛ odiyifoɔ (1-21)

  • 4

    • Filistifoɔ no gyee Adaka no (1-11)

    • Eli ne ne mma wuwuiɛ (12-22)

  • 5

    • Adaka no kɔdii Filistifoɔ asaase so (1-12)

      • Dagon anim guu ase (1-5)

      • Ɔhaw baa Filistifoɔ so (6-12)

  • 6

    • Filistifoɔ san de Adaka no kɔmaa Israelfoɔ (1-21)

  • 7

    • Adaka no kɔdii Kiriat-Yearim (1)

    • Samuel kaa sɛ: ‘Monsom Yehowa nko ara’ (2-6)

    • Israelfoɔ dii nkonim wɔ Mispa (7-14)

    • Samuel buu Israelfoɔ atɛn (15-17)

  • 8

    • Israelfoɔ kaa sɛ wɔpɛ ɔhene (1-9)

    • Samuel bɔɔ ɔman no kɔkɔ (10-18)

    • Yehowa penee so maa wɔn ɔhene (19-22)

  • 9

    • Samuel ne Saul hyiaeɛ (1-27)

  • 10

    • Ɔsraa Saul yɛɛ no ɔhene (1-16)

    • Ɔde Saul kyerɛɛ ɔman no (17-27)

  • 11

    • Saul dii Ammonfoɔ so nkonim (1-11)

    • Wɔsan sii Saul hene (12-15)

  • 12

    • Samuel nsɛm a ɛtwa toɔ (1-25)

      • ‘Monnni ahuhudeɛ akyi’ (21)

      • Yehowa rennya ne man (22)

  • 13

    • Saul yii asraafoɔ (1-4)

    • Ahantan maa Saul yɛɛ biribi a ɛnsɛ sɛ ɔyɛ (5-9)

    • Samuel kasa kyerɛɛ Saul (10-14)

    • Ná Israelfoɔ nni akodeɛ (15-23)

  • 14

    • Yonatan daa akokoɔduro adi wɔ Mikmas (1-14)

    • Onyankopɔn dii Israel atamfo so nkonim (15-23)

    • Saul peree ne ho kaa ntam (24-46)

      • Asraafoɔ no dii mogya kaa nam no ho (32-34)

    • Saul dii ako; n’abusua ho nsɛm (47-52)

  • 15

    • Saul yɛɛ asoɔden de Agag ho kyɛɛ no (1-9)

    • Samuel kasa kyerɛɛ Saul (10-23)

      • “Ɔsetie yɛ sene afɔreɛ” (22)

    • Wɔpoo Saul sɛ ɔrenni hene bio (24-29)

    • Samuel kum Agag (30-35)

  • 16

    • Samuel sraa Dawid sɛ ɔno na ɔbɛdi hene (1-13)

      • “Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam” (7)

    • Onyankopɔn honhom firii Saul so (14-17)

    • Dawid bɛyɛɛ obi a ɔbɔ sankuo ma Saul (18-23)

  • 17

    • Dawid dii Goliat so nkonim (1-58)

      • Goliat kaa nsɛm de buu Israel animtia (8-10)

      • Dawid kaa sɛ ɔbɛkɔ akɔko (32-37)

      • Dawid de Yehowa din na ɛkoeɛ (45-47)

  • 18

    • Dawid ne Yonatan bɛyɛɛ nnamfoɔ (1-4)

    • Dawid nkonimdie maa Saul ani beree no (5-9)

    • Saul yɛɛ sɛ anka ɔreku Dawid (10-19)

    • Dawid waree Saul babaa Mikal (20-30)

  • 19

    • Saul kɔɔ so tan Dawid (1-13)

    • Dawid dwane firii Saul anim (14-24)

  • 20

    • Yonatan bataa Dawid ho dendeenden (1-42)

  • 21

    • Dawid dii paanoo a wɔde kyerɛ no wɔ Nob (1-9)

    • Dawid yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ wɔ Gat (10-15)

  • 22

    • Dawid dwane kɔɔ Adulam ne Mispe (1-5)

    • Saul maa wɔkum asɔfoɔ a wɔwɔ Nob (6-19)

    • Abiatar nyaa ne ho teteeɛ (20-23)

  • 23

    • Dawid twitwa gyee Keila kuro no (1-12)

    • Saul taa Dawid so (13-15)

    • Yonatan hyɛɛ Dawid den (16-18)

    • Ɛkaa kakraa bi anka Saul renya Dawid (19-29)

  • 24

    • Dawid nyaa Saul nso wanku no (1-22)

      • Dawid nyaa obuo maa deɛ Yehowa asra no (6)

  • 25

    • Samuel wuiɛ (1)

    • Nabal antie Dawid mmarima no (2-13)

    • Abigail tuu anammɔn a nyansa wom (14-35)

      • ‘Yehowa bɛkyekyere wo nkwa wɔ nkwa kotokuo mu’ (29)

    • Yehowa maa ogyimifoɔ Nabal wuiɛ (36-38)

    • Dawid waree Abigail (39-44)

  • 26

    • Dawid san nyaa Saul nso wanku no (1-25)

      • Dawid nyaa obuo maa deɛ Yehowa asra no (11)

  • 27

    • Filistifoɔ de Siklag maa Dawid (1-12)

  • 28

    • Saul kɔhuu ɔkɔmfoɔ baa bi wɔ En-Dor (1-25)

  • 29

    • Filistifoɔ no annye Dawid anni (1-11)

  • 30

    • Amalekfoɔ bɛto hyɛɛ Siklag so hyee hɔ (1-6)

      • Dawid maa Onyankopɔn hyɛɛ no den (6)

    • Dawid dii Amalekfoɔ no so nkonim (7-31)

      • Dawid kɔko gyee ne nkurɔfoɔ a atamfo bɛkyee wɔn kɔeɛ no (18, 19)

      • Dawid kyerɛɛ sɛdeɛ wɔnkyɛ nneɛma no (23, 24)

  • 31

    • Saul ne ne mma mmarima mmiɛnsa wuwuiɛ (1-13)

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane