HIOB
1 Ɔbarima bi tenaa Us asaase so a wɔfrɛ no Hiob.*+ Ná ɔyɛ onipa a ɔteɛ* a n’abrabɔ di mu,+ osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.+ 2 Ɔwoo mma mmarima baason ne mma mmea baasa. 3 Ná ne nyɛmmoa yɛ nguan 7,000, yoma 3,000, anantwi 1,000,* mfurum* 500, ne nkoa bebree paa. Enti ɔbɛyɛɛ onipa titiriw sen nnipa a ɛwɔ Apuei fam nyinaa.
4 Ná ne mma mmarima no biara tow pon wɔ ɔno ara ne fi; obiara wɔ ne da. Sɛ da no du hɔ a, wɔfrɛ wɔn nua mmea baasa no ma wɔne wɔn bedidi nom. 5 Sɛ wɔn nyinaa tow pon na ɛkɔ besi a, Hiob soma ma wɔkɔfrɛ wɔn ba sɛ ɔrebɛtew* wɔn ho. Ná Hiob sɔre anɔpatutuutu bɔ ɔhyew afɔre+ ma wɔn mu biara, efisɛ ɔkae sɛ: “Ebia na me mma no ayɛ bɔne, na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn koma mu.” Saa na na Hiob yɛ daa.+
6 Ɛbae sɛ da bi, nokware Nyankopɔn mma*+ no begyinagyinaa Yehowa anim,+ na Satan+ nso fraa wɔn mu bae bi.+
7 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wufi reba?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mifi asaase so akyinkyinakyinkyin ne ɛso anantenantew na mereba.”+ 8 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Woadwen m’akoa Hiob ho* anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so. Ɔyɛ onipa a ɔteɛ* a n’abrabɔ di mu,+ osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.” 9 Ɛnna Satan buaa Yehowa sɛ: “Wugye di sɛ Hiob suro Onyankopɔn kwa?+ 10 Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne nea ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia?+ Woahyira ne nsa ano adwuma so,+ na ne nyɛmmoa nso, wɔn ase atrɛw asaase so. 11 Wopɛ a, teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.” 12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Hwɛ! Nea ɔwɔ biara hyɛ wo nsa. Ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no!” Enti Satan fii Yehowa anim kɔe.+
13 Ɛbae sɛ da bi, na Hiob mma mmarima ne ne mma mmea no redidi, na na wɔrenom nsã wɔ wɔn nua panyin no fi.+ 14 Ɛnna obi baa Hiob nkyɛn bɛkae sɛ: “Bere a anantwi no refuntum asaase no a mfurum no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, 15 Sabafo bɛtow hyɛɛ wɔn so faa wɔn kɔe, na asomfo no nso, wɔde sekan kunkum wɔn. Me nko ara na matumi aguan afi mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
16 Bere a ogu so rekasa no, obi foforo bae bɛkae sɛ: “Onyankopɔn gya* fi soro abɛtɔ nguan no mu ahyew wɔne asomfo no nyinaa! Me nko ara na matumi aguan afi mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
17 Bere a ɔno nso gu so rekasa no, obi foforo nso bae bɛkae sɛ: “Kaldeafo+ akyɛ wɔn mu akuw abiɛsa abɛtow ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na asomfo no nso, wɔde sekan akunkum wɔn. Me nko ara na matumi aguan afi mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
18 Bere a ɔno nso gu so rekasa no, obi foforo nso san bae bɛkae sɛ: “Ná wo mma mmarima ne wo mma mmea no redidi, na na wɔrenom nsã wɔ wɔn nua panyin no fi. 19 Prɛko pɛ, mframa kɛse bi bɔ fii sare so bɛbɔɔ ofi no ntwea anan no, na edwiriw guu wo mma no so kunkum wɔn. Me nko ara na matumi aguan afi mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
20 Ɛnna Hiob sɔree, na osuan n’ataade mu, na otwitwaa ne ti nwi. Afei ɔbɔɔ ne mu ase, na ɔde n’anim butuw fam, 21 na ɔkae sɛ:
Yehowa na ɔde mae,+ Yehowa na wagye.
Ayeyi nka Yehowa din daa.”
22 Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, na wammɔ Onyankopɔn sobo sɛ wayɛ ade bɔne.*
2 Ɛno akyi no, ɛbae sɛ da bi, nokware Nyankopɔn mma*+ no begyinagyinaa Yehowa anim,+ na Satan nso fraa wɔn mu bae, na obegyinaa Yehowa anim bi.+
2 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wufi reba?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mifi asaase so akyinkyinakyinkyin ne ɛso anantenantew na mereba.”+ 3 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Woadwen m’akoa Hiob ho* anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so. Ɔyɛ onipa a ɔteɛ* a n’abrabɔ di mu,+ osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho. Woregyigye me sɛ mensɛe*+ no kwa, nanso ne nyinaa akyi, ɔda so ara bɔ bra a edi mu.”+ 4 Ɛnna Satan ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wɔde were na ɛpere were. Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde bɛma de apere ne nkwa.* 5 Wopɛ a, teɛ wo nsa ka ne dompe ne ne honam, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”+
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Hwɛ! Ɔhyɛ wo nsa! Na ne nkwa* de, mfa wo nsa nka!” 7 Enti Satan fii Yehowa anim kɔe, na ɔde mpɔmpɔ yayaayaw bi kɔbobɔɔ* Hiob+ fii ne nan ase kosii n’apampam. 8 Na Hiob faa kuku sin* bi a ɔde betiti ne ho; na ɔtenaa nsõ mu.+
9 Ɛnna ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Woda so ara di Onyankopɔn akyi?* Dome Onyankopɔn na wu!” 10 Na Hiob ka kyerɛɛ no sɛ: “Wokasa te sɛ mmea a wonnim nyansa no. Sɛ nokware Nyankopɔn no ma yɛn nneɛma pa a, yegye, na sɛ ɔma yɛn nneɛma bɔne a, ɛnsɛ sɛ yegye anaa?”+ Eyi nyinaa mu no, Hiob anka asɛmmɔne biara.*+
11 Hiob nnamfo* baasa tee amanehunu a aba no so nyinaa, na wɔn mu biara fi baabi a ɔwɔ bae. Wɔn ne: Elifas+ a ofi Teman, Bildad+ a ofi Suha,+ ne Sofar+ a ofi Naama. Wɔyɛɛ nhyehyɛe hyiaam sɛ wɔrekɔma Hiob hyɛden, na wɔakyekye ne werɛ. 12 Bere a wɔwɔ akyirikyiri a wohuu no no, wɔanhu no. Na wofii ase sui denneennen, na wosuan wɔn ntaade mu, na wɔtow mfuturu kɔɔ soro ma ebeguu wɔn tirim.+ 13 Na wɔne no tenatenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Obiara anka hwee ankyerɛ no, efisɛ wohui sɛ ɛyaw a ɔrefa mu no, na ano yɛ den yiye.+
3 Ɛno akyi na Hiob fii ase kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no no.*+ 2 Hiob kae sɛ:
4 Saa da no, ma ɛnyɛ sum.
Ma ɔsoro Nyankopɔn no nyi n’adwene mfi so;
Mma hann biara nnhyerɛn wɔ so.
Ma omununkum tumm nkata so.
Ma ade biara a ɛma adekyee yɛ sum nhunahuna no.
6 Ma esum kabii nnye saa anadwo no mmɔ so;+
Nna a ɛwɔ afe mu no redi ahurusi a, mma saa da no nnni ahurusi no bi,
Na mma wɔnnkan mmfra bosome biara.
7 Meka si so! Ma saa anadwo no nyɛ obonin;
Mma wɔnnte ahurusi dwom biara wom.
9 Ma n’ahemanakye nsoromma nnuru sum;
Ma ɛntwɛn adekyee hann, nanso mma hann no mmma,
Mma ennhu anɔpa hann.
11 Adɛn nti koraa na wɔrewo me no, manwu?
Adɛn nti koraa na mifi yafunu mu bɛtɔɔ hɔ no, manwu?+
12 Adɛn nti na nkotodwe behyiaa me,
Na minyaa nufu numii?
13 Anka saa bere yi mada ama me ho adwo me;+
Anka mada regye m’ahome;+
14 Anka me ne asaase so ahemfo ne wɔn afotufo
A wɔkyekyee nkurow a ɛnnɛ asɛe pasaa no nyinaa* ada ama me ho adwo me.
15 Anaa anka me ne atitiriw a wɔwɔ sika kɔkɔɔ,
Ne wɔn a dwetɛ ayɛ wɔn afi ma no ada regye m’ahome.
16 Na adɛn nti na wɔampɔn me ahintawee mu,
Te sɛ mmofra a wɔanhu hann da?
18 Ɛhɔ na nneduafo nyinaa te dwoodwoo;
Wɔnte nea ɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma no nne bio.
21 Adɛn nti na wɔtwɛn owu, nanso ɛmma?+
Wɔhwehwɛ no denneennen kyɛn agyapade a wɔde asie.
22 Saa nkurɔfo no, sɛ wonya ɔdamoa a, wodi ahurusi kɛse,
Na wɔn ani gye boro so.
23 Adɛn nti na Onyankopɔn de hann ma ɔbarima a wayera kwan,
Ɔbarima a Onyankopɔn aka no ahyɛ ban mu?+
25 Efisɛ nea misuro no, ɛno na aba me so,
Na nea ɛyɛ me hu no, ɛno na ato me.
26 Minni asomdwoe, minni ahotɔ, minnya ahomegye;
Amanehunu nko ara.”
4 Ɛnna Elifas+ a ofi Teman no kae sɛ:
2 “Sɛ obi yɛ sɛ ɔreka asɛm bi akyerɛ wo a, ɛbɛyɛ wo ahometew anaa?
Na hena na obetumi aka sɛ ɔrenkasa?*
3 Ampa, woateɛ nnipa pii so,
Na woahyɛ nsa a emu agow den.
4 Nea ɔrehwe ase no, wo nsɛm ma ɔsɔre gyinaa hɔ,
Na wɔn a wɔn nkotodwe ahodwow no, wohyɛɛ wɔn den.
5 Afei a ebi ato wo yi, woabotow;
Ebi kaa wo yi de, w’abam abu.
6 Sɛ wusuro Onyankopɔn a, ɛnde adɛn na wunni ahotoso?
Sɛ w’abrabɔ di mu a,+ ɛnde adɛn na wunni anidaso?
7 Mepa wo kyɛw, kaakae wo tirim: Woahu sɛ wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm da?
Da bɛn na wuhui sɛ wɔakum onipa trenee?
9 Onyankopɔn home sɛe wɔn,
Na n’abufuhyew ma wɔn awiei ba.
11 Nam a enni hɔ nti, gyata wu,
Na gyata mma bɔ hwete.
12 Metee asɛm bi wɔ kokoam,
Na etwaa m’asom ketewaa bi.
13 Anadwo a nnipa ada hatee no,
Minyaa anisoadehu bi a ɛhaw m’adwene,
14 Ahopopo kɛse bi tew sii me so,
Na ehu hyɛɛ me nnompe nyinaa ma.
15 Honhom bi betwaam wɔ m’anim;
Me ho nwi sɔresɔree.
16 Honhom no begyinaa hɔ dinn,
Nanso manhu sɛnea ɛte papa.
Biribi begyinaa m’anim;
Ɛhɔ tɛm dinn, na afei metee nne bi sɛ:
17 ‘Wohwɛ a, onipa dasani betumi ateɛ asen Onyankopɔn?
Ɔbarima ho betumi atew asen ne Bɔfo?’
19 Ɛnde wohwɛ a, wɔn a wɔtete dɔtedan mu,
Wɔn a wɔn fapem yɛ dɔte no,+ obebu wɔn dɛn?
Wɔyam wɔn ntɛm sen abubummabaa!
20 Wɔwɔ hɔ anɔpa, ebedu anwummere no, na wɔayam wɔn koraa;
Wɔyera korakora, na ɛmfa obiara ho.
21 Wɔte sɛ ntamadan a wɔatwetwe mu nhama ama atutu agu fam;
Wowuwu a wonnim nyansa biara.
5 “Wopɛ a frɛ hwɛ sɛ obi begye wo so a!
Akronkronfo no mu hena na wobɛkɔ ne nkyɛn sɛ ɔmmoa wo?
2 Ahisɛm na ebekum ɔkwasea,
Na anibere na ebekum ogyimifo.
3 Mahu ɔkwasea a n’ase retim,
Nanso prɛko pɛ, wɔdomee ne tenabea.
5 Nnɔbae a otwa no,* onipa a ɔkɔm de no na obedi;
Ɔbɛfa nea ɛwɔ nsɔe mu mpo aka ho,
Anitefo bɛmene wɔn agyapade.*
6 Efisɛ mmusu mfifi wɔ mfuturu mu,
Na ɔhaw mfifi mfi fam.
7 Na sɛnea ogya a ɛredɛw tutu a, ɛkɔ soro no,
Saa ara na onipa nso, sɛnea ɛte biara, ɔhaw bɛto no.
8 Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka mɛsrɛ Onyankopɔn,
Anka mede m’asɛm bɛma Onyankopɔn,
9 Anka mede bɛma Nea ɔyɛ nneɛma akɛseakɛse ne nneɛma a ɛboro yɛn ntease so,
Nea ɔyɛ anwonwade bebree no.
10 Ɔma osu tɔ gu asaase so,
Na ɔma osu tɔ gu mfuw so.
11 Ɔma mmɔborɔwa so,
Na ɔpagyaw nea wabotow ma onya nkwagye.
12 Ɔsɛe anitefo pɔw a wɔabɔ,
Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa ano adwuma renyɛ yiye.
13 Afiri a anyansafo de wɔn anitew asum no, ɔma eyi wɔn ankasa,+
Sɛnea ɛbɛyɛ a anitefo pɔw a wɔabɔ bɛsɛe.
14 Esum to wɔn awia,
Na awia ketee, wɔde wɔn ti pempem te sɛ nea ade asa.
15 Ogye onipa fi anitefo anom sekan ano,
Na ogye ohiani fi ɔhoɔdenfo nsam,
16 Sɛnea ɛbɛyɛ a mmɔborɔwafo benya anidaso,
Na amumɔyɛfo aka wɔn ano atom.
17 Hwɛ! Anigye ne onipa a Onyankopɔn kasa kyerɛ no,
Enti hwɛ na woampo ade nyinaa so Tumfo no nteɛso!
18 Efisɛ opira nnipa, nanso ɔkyekye kuru no;
Obubu nnipa, na ɔde ɔno ara ne nsa sa wɔn yare.
19 Obegye wo afi amanehunu asia mu,
Na nea ɛto so ason mpo renyɛ wo hwee.
20 Ɔkɔm ba a, obegye wo afi owu nsam,
Na ɔko ba nso a, obegye wo afi sekan nsam.
22 Wobɛserew ɔsɛe ne ɔkɔm,
Na worensuro asaase so mmoa a wɔn ho yɛ hu.
24 Wubehu sɛ wo ntamadan si hɔ dwoodwoo;*
Wobɛkɔ akɔhwɛ wo mmoa adidibea, na wubehu sɛ biribiara nyerae.
25 Wo mma bɛdɔɔso,
Na w’asefo bɛyɛ bebree sɛ asaase so wura.
26 Bere a wobɛkɔ ɔdamoa mu mpo, na wowɔ ahoɔden,
Te sɛ hwiit* a wɔakyekyere asisi hɔ atifi atifi wɔ ne bere mu.
27 Hwɛ! Yɛahwehwɛ asɛm yi mu, na yɛahu sɛ ɛyɛ nokware.
Tie na gye tom.”
6 Ɛnna Hiob kae sɛ:
3 Anka emu bɛyɛ duru asen mpoano anwea mpo.
Ɛno nti na me kasa ayɛ hatuhatu yi.*+
4 Efisɛ ade nyinaa so Tumfo no agyan awɔ me mu,
Na me honhom renom emu bɔre;+
Nneɛma a ɛyɛ hu fi Onyankopɔn hɔ aba me so.
6 Obi bedi aduan a ɛnyɛ dɛ a ɔremfa nkyene nto mu anaa?
Anaasɛ ɔdɛw bi wɔ dua mu nsu tintann mu?
7 Mempɛ sɛ mede me nsa ka* saa nneɛma no.
Ɛte sɛ efĩ a afra m’aduan.
8 O sɛ minyae a, anka m’abisade aba mu
Ama Onyankopɔn ayɛ nea mepɛ ama me!
10 Anka ɛno mpo bɛma manya awerɛkyekye;
Anka ɛyaw kɛse a merefa mu nyinaa akyi, medi ahurusi,
Efisɛ mimmuu m’ani nguu Ɔkronkronni no asɛm so.+
11 Mewɔ ahoɔden a mede bɛkɔ so atwɛn anaa?+
Na anidaso bɛn paa na ɛwɔ hɔ ma me a enti ɛsɛ sɛ mekɔ so tena ase?*
12 Adɛn, m’ahoɔden te sɛ ɔbotan?
Anaa me honam yɛ kɔbere?
13 Mɛyɛ dɛn ahwɛ me ho,
Bere a nneɛma a mede hwɛ me ho nyinaa afi me nsa?
14 Obiara a ɔde ɔdɔ a enni huammɔ kame ne yɔnko nipa no,+
Ɔremfa ade nyinaa so Tumfo no suro nyɛ hwee.+
15 Me ara me nuanom adaadaa me+ te sɛ asu a ɛtene wɔ awɔw bere mu,
Wɔte sɛ asu a ɛtene wɔ awɔw bere mu a ɛyow.
16 Nsu a akyen ma nsu no ani yɛ tumm,
Na emu na sukyerɛmma a anan hintaw.
17 Nanso sɛ bere so a, nsu no sã, na ɛntene bio;
Sɛ ɔhyew ba a, ɛyow.
18 N’akwan dannan;
Ɛtene kɔ anwea pradadaa so, na ɛyera.
20 Wɔn nsa anka nea wɔhwehwɛ, enti wɔn ani awu;
Wɔba bedu hɔ, nanso wonnya hwee.
22 Adɛn, maka sɛ, ‘Momma me biribi’?
Anaa maka sɛ momfa mo ahode no bi nkyɛ me?
23 Maka akyerɛ mo sɛ munnye me mfi ɔtamfo nsam?
Anaa maka akyerɛ mo sɛ munnye me mfi atirimɔdenfo nsam?
25 Asɛm a ɛyɛ nokware de, ɛnyɛ yaw!+
Nanso mo kasakyerɛ no, adepa bɛn paa na ɛwom?+
26 Adɛn, moayɛ mo adwene sɛ asɛm a mɛka biara, mobɛbɔ agu?
Obi a n’adwene atu afra anom asɛm+ a mframa huw kɔ yi?
28 Afei, monnan mo ani na monhwɛ me,
Efisɛ merentwa atoro wɔ mo anim.
29 Mepa mo kyɛw, monsan nnwen ho bio; munnnwen bɔne mmma me;*
Yiw, monsan nnwen ho bio, efisɛ meda so ara yɛ ɔtreneeni.
30 Mede me tɛkrɛma aka bɔne anaa?
Adɛn, ɛyɛ mo sɛ minnim nea enti a merehu amane?*
4 Sɛ mekɔda a, mibisa sɛ, ‘Da bɛn na mɛsɔre?’+
Mekɔda a, anadwo no nyinaa mintumi nna; mepere ara kosi ahemanakye.
11 Enti merenka m’ano ntom.
12 Adɛn, meyɛ ɛpo anaa ɛpo mu aboa kɛse
Na woagye me ho ban?
13 Sɛ meka sɛ, ‘Me mpa bɛkyekye me werɛ;
Me kɛtɛ bɛtew m’awerɛhow so’ a,
14 Ɛno koraa na woma meso dae huhuuhu,
Na wode anisoadehu hunahuna me.
16 Me nkwa afono me;+ mempɛ sɛ mekɔ so tena ase bio.
Gyaa me, na me nna te sɛ hwenem mframa.+
20 Sɛ mayɛ bɔne mpo a, ɛdɛn na ebetumi ayɛ wo, wo a w’ani di nnipa akyi?+
Adɛn nti na woatu w’ani asi me so saa?
Adɛn, mayɛ adesoa ama wo anaa?
21 Adɛn nti na womfa me bɔne nkyɛ me
Na wummu w’ani ngu me mfomso so?
Efisɛ ɛrenkyɛ na makɔda wɔ dɔte mu;+
Wobɛhwehwɛ me, nanso na mekɔ.”
8 Ɛnna Bildad+ a ofi Suha+ no kae sɛ:
2 “Wobɛkeka saa nsɛm yi akosi da bɛn?+
W’anom nsɛm te sɛ mframa a ano yɛ den!
3 Wohwɛ a, Onyankopɔn bɛkyea atemmu?
Na ade nyinaa so Tumfo no bɛkyea atɛntrenee anaa?
4 Sɛ wo mma no yɛɛ no bɔne a,
Wɔn atuatew ho asotwe na ɔde ama wɔn no.*
5 Sɛ wode w’ani to Onyankopɔn so,+
Na wosrɛ ade nyinaa so Tumfo no sɛ onhu wo mmɔbɔ,
6 Sɛ ɛyɛ ampa ara sɛ woyɛ obi a wo ho tew na woteɛ a,+
Anka watwa n’ani abɛhwɛ wo,*
Na wama woasan asi wo dedaw mu.
8 Mepa wo kyɛw, bisa awo ntoatoaso a abɛsen kɔ no,
Na ma nneɛma a wɔn papanom hwehwɛ hui no ho nhia wo.+
9 Yɛn de, nnɛra yi ara na wɔwoo yɛn, na yennim hwee,
Efisɛ yɛn nna wɔ asaase yi so te sɛ sunsuma.
11 Wohwɛ a, sɛ mmɛw* annya asaase a nsu taa so* a, ebetumi anyin ayɛ tenten?
Demmire* betumi anyin ayɛ tenten wɔ baabi a nsu nni anaa?
13 Saa na ebewie wɔn a wɔn werɛ afi Onyankopɔn no nyinaa,*
Efisɛ abɔnefo* anidaso bɛyera,
14 Wɔde wɔn ho to adehunu so,
Na ade a wɔde wɔn werɛ hyɛ mu no, ɛyɛ mmerɛw te sɛ ananse ntentan.*
15 Obetweri ne dan, nanso ɛrennyina;
Obeso mu denneennen, nanso ɛrennyina.
18 Nanso sɛ wotu no fi baabi a esi a,
Baabi a na esi no bɛka sɛ ennim no, na aka akyerɛ no sɛ, ‘Minhuu wo da.’+
20 Wɔn a wɔn abrabɔ di mu* no, ɛnyɛ ade a Onyankopɔn bɛpo wɔn da,
Na abɔnefo nso, ɔremmoa wɔn da,*
21 Ɔde ɔserew bɛhyɛ w’anom ma,
Na wama wode w’ano abɔ ose.
22 W’atamfo befura animguase sɛ ntama,
Na abɔnefo ntamadan befi hɔ.”
9 Ɛnna Hiob kae sɛ:
2 “Ampa ara, minim sɛ saa na ɛte.
Nanso ɛbɛyɛ dɛn na onipa dasani atumi ne Onyankopɔn adi asɛm na wadi bem?+
4 Ɔyɛ koma mu nyansafo, na ne tumi ne n’ahoɔden nni ano.+
Hena na obetumi ne no adi asi na asi no yiye?+
7 Ɔkasa kyerɛ owia sɛ ɛmmmɔ,
Na ɔkata nsoromma ani na anhyerɛn;+
8 Ɔno nko ara na ɔtrɛw ɔsoro mu,+
Na otiatia ɛpo asorɔkye akɛse so.+
9 Ɔno na ɔyɛɛ Ayis nsorommakuw,* Kesil nsorommakuw,* ne Kima nsorommakuw,*+
Na ɔno na ɔyɛɛ nsorommakuw a ɛwɔ anaafo fam wim no;*
10 Ɔyɛ nneɛma akɛseakɛse ne nneɛma a ɛboro yɛn ntease so,+
Na ɔyɛ anwonwade bebree.+
11 Ɔnam me ho a, minhu no;
Otwa mu wɔ me ho a, minhu sɛ ɛyɛ ɔno.
12 Sɛ ohwim biribi a, hena na obetumi asiw no kwan?
Hena na obetumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’+
14 Ɛnde sɛ merema no mmuae a,
Ɛsɛ sɛ mehwɛ me kasa yiye paa!
15 Sɛ m’asɛm yɛ dɛ mpo a, meremma no mmuae.+
Nea metumi ayɛ ara ne sɛ mɛpa me temmufo* no kyɛw sɛ onhu me mmɔbɔ.
16 Sɛ mefrɛ no a, obegye me so anaa?
18 Ɔmma minnya ahome mpo;
Nneɛma a ɛyɛ yaw nko ara na ɔde puapua me.
19 Yɛreka ahoɔden a, ɔno ne otumfo.+
Na yɛreka atɛntrenee a, n’asɛm ne sɛ: ‘Hena na obetumi afrɛ me sɛ mimmeyi m’ano?’
20 Sɛ midi bem mpo a, anka m’ankasa m’ano na ebebu me fɔ;
22 Ne nyinaa, ade koro yi ara. Ɛno nti na mereka sɛ,
‘Ɔsɛe nea ne ho nni asɛm* ne ɔbɔnefo nyinaa fra.’
23 Sɛ nsu yiri bu fa so kum nnipa mpofirim a,
Ɔbɛserew wɔn a wɔn ho nni asɛm no, amanehunu a ato wɔn no nti.
Sɛ ɛnyɛ ɔno a, ɛnde ɛyɛ hena?
27 Sɛ meka sɛ, ‘Mɛma me werɛ afi me haw,
Mɛtew m’anim, na mama m’ani agye’ a,
Enti adɛn nti na ɛsɛ sɛ mebrɛ gu?+
30 Sɛ mede sukyerɛmma a anan ayɛ sɛ nsu guare,
Na mede samina* hohoro me nsa mpo a,+
31 Anka wode me bewura amoa a atɛkyɛ wom mu,
Sɛnea ɛbɛyɛ a me ho bɛyɛ me ntaade mpo tan.
Na wamma ne ho hu anhunahuna me a,+
35 Ɛnde me ne no bɛkasa a merensuro no,
Efisɛ menyɛ obi a ɔde ehu kasa.
Mɛka me haw.
M’amanehunu mu* na mɛka m’asɛm!
2 Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: ‘Mmu me fɔ.
Kyerɛ me nea enti a wo ne me redi.
3 Enti woreteetee me yi, eye ma wo?
Na wo nsa ano adwuma a womfa no nyɛ hwee yi, eye?+
Abɔnefo afotu mmom na wopɛ?
4 Adɛn, w’ani yɛ onipa ani?
Anaa sɛnea onipa dasani hu ade no, saa ara na wuhu no?
5 Wo nna te sɛ ɔdasani nna anaa?
Anaa wo mfe te sɛ nnipa mfe?+
6 Ɛnde adɛn nti na wohwehwɛ me ho mfomso,
Na wokɔ so hwehwɛ bɔne wɔ me ho?+
8 Wo ara wo nsa na ɛnwenee me; ɛno ara nso na ɛyɛɛ me.+
Nanso seesei wunya a wobɛsɛe me afi hɔ koraa.
10 Woanhwie me te sɛ nufusu angu me maame yam anaa?*
Na woamma manyɛ sɛ nufusu a ada ama adan kyiis anaa?
13 Nanso wohyɛɛ da bɔɔ me ho pɔw sɛ wode saa nneɛma yi bɛyɛ me.*
Minim sɛ saa nneɛma yi fi wo.
15 Sɛ midi fɔ a, asɛm ato me!
17 Wode adansefo foforo ba bedi adanse tia me,
Na woma w’abufuw yɛ kɛse wɔ me so;
Amanehunu baako ba a, na amanehunu foforo di so.
18 Enti ɛyɛɛ dɛn koraa na wuyii me fii me maame yam bae?+
Minyae a anka miwui, na ani biara anhu me.
19 Anka ɛbɛyɛ sɛ nea mamma wiase koraa.
Anka bere a woyii me fii ɔyafunu mu ara pɛ, wɔde me bɛkɔ ɔdamoa mu.’
20 Me nna nyɛ kakraa bi anaa?+ Ma onnyaa me;
Ma onyi n’ani mfi me so, na me ho ntɔ me kakra*+
21 Ansa na makɔ. Mekɔ a, meremma bio.+
22 Mɛkɔ asaase a esum tumm wɔ so so,
Asaase a esum kabii ne sakasaka wɔ so,
Baabi a hann mpo yɛ kusuu.”
11 Ɛnna Sofar+ a ofi Naama no kae sɛ:
3 Wugye di sɛ wo kasa hunu yi bɛma nnipa aka wɔn ano atom anaa?
Nsɛm a woreka twiw yɛn no, ɛyɛ wo sɛ obiara renka w’anim wɔ ho anaa?+
6 Anka ɔbɛka nea ɛbɛma woahu nyansa akyerɛ wo,
Efisɛ nyansa ho nneɛma dɔɔso.
Ɛhɔ na wubehu sɛ Onyankopɔn abu n’ani agu wo mfomso no bi so.
7 Wubetumi ahu Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no anaa?
Anaa wubetumi ahu ade nyinaa so Tumfo no ho biribiara?*
8 Ɛkorɔn sen ɔsoro. Ɛdɛn na wubetumi ayɛ?
Emu dɔ sen Ɔdamoa.* Ɛdɛn na wubetumi ahu?
9 Ɛware sen asaase,
Na ɛtrɛw sen ɛpo.
10 Sɛ ɔretwam na ɔkyere obi, na ɔde no kɔ asɛnnibea a,
Hena na obetumi asiw no kwan?
11 Efisɛ sɛ mmarima redaadaa nkurɔfo a, ohu.
Sɛ ohu adebɔne a, ɔrenhu anaa?
13 Wo de, yɛ wo koma yiye
Na trɛw wo nsam kyerɛ no;
15 Ɛba saa a, wubetumi ama w’ani so a woremfɛre;
Na wubegyina pintinn a worensuro.
16 Ɛbɛma wo werɛ afi wo haw;
Wobɛkae no sɛ nsu a abɛsen kɔ.
17 Wo nkwa bɛhyerɛn asen sɛnea owia hyerɛn awia ketee;
Na ne sum mpo bɛyɛ sɛ adekyee.
18 Wubenya awerɛhyem efisɛ anidaso wɔ hɔ.
Wobɛhwɛ wo ho nneɛma ahyia, na wobɛda dwoodwoo.
19 Wobɛda, na obiara renhunahuna wo.
Na nnipa bebree bɛba wo nkyɛn sɛ yɛ wɔn adom.
20 Abɔnefo de, wɔn ani renhu ade yiye.
Wɔrennya baabiara nguan nkɔ,
12 Ɛnna Hiob kae sɛ:
Monkyɛn me.
Hena na onnim saa nneɛma yi?
Ɔtreneeni a ne ho nni asɛm no ho ayɛ serew.
5 Nea n’asom adwo no no de, ɔserew wɔn a wohu amane;
N’adwene nyinaa ne sɛ, wɔn a wohinhim* no na wohu amane.
6 Akorɔmfo-werɛmfo ntamadan wɔ hɔ dwoodwoo,+
Na wɔn a wɔhyɛ Onyankopɔn abufuw no wɔ ahobammɔ,+
Wɔn a wokura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.
7 Wo de, mepa wo kyɛw, bisa mmoa, na wɔbɛkyerɛ wo;
Bisa wim nnomaa, na wɔbɛka akyerɛ wo.
9 Wɔn mu hena na onnim sɛ
Yehowa nsa na ayɛ eyi?
16 Ɔno na ahoɔden ne nyansa wɔ no;+
Ɔno na nea ɔrefom kwan ne nea ɔma nkurɔfo fom kwan nyinaa yɛ ne dea;
17 Ɔma afotufo de wɔn nan sisi fam nantew,*
Na ɔma atemmufo dan nkwaseafo.+
19 Ɔma asɔfo de wɔn nan sisi fam nantew,+
Na otu atumfo a wɔn ase atim gu;+
20 Ɔma afotufo anokwafo nsɛm ka wɔn anom,
Na ogye nkwakoraa* nyansa;
Na ɔma atumfo tumi brɛ ase;*
22 Nneɛma a asie wɔ sum mu no, oyi pue,+
Na ɔma hann tɔ esum kabii so;
23 Ɔma aman yɛ akɛse, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe wɔn;
Ɔma aman trɛw, sɛnea ɛbɛyɛ a obetu wɔn afi wɔn asaase so akɔ.
24 Ogye aman mpanyimfo ntease* fi wɔn nsam,
Na asaase a ɛda mpan a enni anammɔnkwan na ɔma wokyinkyin so.+
13 “Ampa, m’ani ahu eyi nyinaa,
M’aso ate, na mate ase.
2 Nea munim no, me nso minim;
Monkyɛn me.
3 Me de, ade nyinaa so Tumfo no ankasa na mepɛ sɛ me ne no kasa;
Onyankopɔn na mepɛ sɛ miyi m’ano wɔ n’anim.+
6 Mepa mo kyɛw, muntie m’anoyi,
Na muntie m’ano asɛm.
7 Mobɛka asɛm a ɛnyɛ nokware ahyɛ Onyankopɔn ano anaa?
Anaa mobɛka nnaadaasɛm wɔ Onyankopɔn din mu?
9 Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, mohwɛ a ebesi mo yiye?+
Anaa mobɛdaadaa no sɛnea modaadaa onipa dasani no?
11 N’anuonyam kɛkɛ remma munsuro anaa?
Na ne ho hu rentɔ mo so?
13 Monka mo ano ntom wɔ m’anim na menkasa,
Na nea ɛbɛba me so biara mmra!
17 Muntie m’asɛm yi yiye;
Monyɛ aso ntie m’ano asɛm.
18 Hwɛ, seesei maboaboa m’asɛm ano rekɔ asɛnnibea;
Minim sɛ midi bem.
19 Hena na ɔne me bedi asi?
Sɛ mimua m’ano a, anka mewu!*
20 O, Onyankopɔn, nneɛma abien pɛ na mepɛ sɛ woyɛ ma me,
Sɛnea ɛbɛyɛ a meremfa me ho nsie wo:
22 Ɛbɛyɛ a, kasa ma minyi ano,
Anaa ma menkasa, na wo yi ano.
23 Mfomso bɛn na madi, na bɔne bɛn na mayɛ?
Ma minhu me mmarato ne me bɔne.
26 Efisɛ daa wokyerɛkyerɛw me ho nsɛm yayaayaw,
Na woma mitua bɔne a meyɛe wɔ me mmeranteberem no ho ka.
27 Wode me nan abɔ dua mu,
W’ani di m’akwan nyinaa akyi,
Na baabi a mede me nan si biara, wohyɛ hɔ nsow.
4 Hena na obetumi anya nea ne ho tew afi nea ne ho ntew mu?+
Obiara nni hɔ!
7 Dua mpo, anidaso wɔ hɔ ma no.
Sɛ wotwa a, ɛbɛsan afefɛw bio,
Na nea afefɛw no bɛkɔ so anyin.
8 Sɛ ne ntini twintwam wɔ fam,
Na ne dunsin wu wɔ dɔte mu,
9 Na enya te nsu nka pɛ a, na afefɛw,
Na eyiyi nkorabata te sɛ dua foforo.
11 Nsu fi ɛpo mu kɔ;
Asubɔnten twe, na ɛyow.
12 Onipa nso kɔda, na ɔnsɔre.+
Bere a ɔsoro wɔ hɔ yi de, ɔrensɔre,
Na ɔrennyan mfi ne nna mu.+
13 O, minyae a anka wode me asie Ɔdamoa* mu,+
Anka wode me asie akosi sɛ w’abufuw betwam,
Minyae a, anka woahyɛ me da a wode bɛkae me!+
14 Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?+
W’ani begyina* wo nsa ano adwuma.
16 Nanso seesei de, anammɔn a metu biara, wokan;
Me bɔne nko ara na wohwɛ.
17 Wode me mmarato ahyɛ kotoku mu akyekyere ano,
Na wode gluu atare me mfomso ano.
18 Sɛnea bepɔw dwiriw gu na efi hɔ,
Na ɔbotan tutu fi baabi a esi,
19 Sɛnea nsu ma abo hi,
Na nsu yiri hohoro asaase so dɔte kɔ no,
Saa ara na wosɛe onipa dasani anidaso.
15 Ɛnna Elifas+ a ofi Teman no kae sɛ:
3 Sɛ wode nsɛm nko ara kasa kyerɛ yɛn a, ɛrenkosi hwee,
Na mfaso biara nni kasa hunu so.
4 Wubu Onyankopɔn suro animtiaa,
Na woma ɛyɛ den ma nkurɔfo sɛ wobedwen Onyankopɔn ho.
7 Adɛn, wone onipa a wodii kan woo no?
Anaa wɔwoo wo ansa na nkoko reba?
8 Adɛn, Onyankopɔn ka ne tirim asɛm kyerɛ wo?
Anaa ɛyɛ wo sɛ wo nko ara na wunim nyansa?
Na ntease bɛn na wowɔ a yenni bi?
11 Adɛn, Onyankopɔn awerɛkyekye sua ma wo?
Anaa asɛm a yɛne wo ka no bɔkɔɔ no sua ma wo?
12 Adɛn nti na wudi wo koma akyi?
Na adɛn nti na abufuw ama w’ani ayɛ kɔɔ saa?
17 Mɛka akyerɛ wo; tie me!
Nea mahu no, mɛka akyerɛ wo.
18 Nea anyansafo te fii wɔn papanom hɔ a wɔde ato gua+
A wɔamfa ansie no, mɛka akyerɛ wo.
19 Wɔn nkutoo na wɔde asaase no maa wɔn,
Na ɔhɔho biara antwam amfa wɔn mu.
20 Ɔbɔnefo fa ateetee mu ne nna nyinaa;
Otirimɔdenfo hu amane ne nkwa nna nyinaa.
23 Ɔnenam hwehwɛ aduan.* Na obisa sɛ, ɛhe na ɛwɔ?
Onim paa sɛ esum da no abɛn.
24 Amanehunu ne ahoyeraw hunahuna no daa;
Ebu fa no so te sɛ ɔhene a wayɛ krado rekɔko.
25 Efisɛ ɔma ne nsa so tia Onyankopɔn,
Na ɔyɛ ne ho sɛ ɔkorɔn sen ade nyinaa so Tumfo no;
26 Ɔyɛ aniammɔnho de ne kyɛm pipiripi* a ɛyɛ den no
Kɔ no so;
27 N’afono nyinaa atotɔ,
Na n’afuru ayɛ kɛse;
28 Nkurow a ɛbɛsɛe na ɔbɛtena mu;
Afi a obiara rentena mu
A ɛbɛdan abo asum hɔ na ɔbɛtena mu.
29 Ɔrennya ne ho, na n’ahode rennɔɔso,
Na n’agyapade rentrɛw wɔ asaase so.
31 Ɛnsɛ sɛ ɔfom kwan na ɔde ne werɛ hyɛ adehunu mu,
Efisɛ adehunu na obenya afi mu;
32 Ɛrenkyɛ na aba no so.
Na ne nkorabata renyɛ frɔmfrɔm da.+
33 Ɔbɛyɛ sɛ bobe dua a ɛporow n’aba bun gu,
Na wayɛ sɛ ngodua a ɛporow ne nhwiren gu.
35 Wonyinsɛn bɔne na wɔwo mmusu,
Na nnaadaa ahyɛ wɔn yafunu ma.”
16 Ɛnna Hiob kae sɛ:
2 “Mate nsɛm a ɛtete sɛɛ bebree.
Mo nyinaa moyɛ gyamserefo!+
3 Da bɛn na nsɛnhunu yi begyae?
Ɛdɛn na ɛka wo* ma wokasa saa?
4 Me nso metumi akasa sɛ mo.
Nea ato me no, sɛ ebi ato mo a,*
Anka metumi aka nsɛm pii atia mo,
Na mawosow me ti de adi mo ho fɛw.+
8 Woayere me, na nkurɔfo ahu,
Na me honam mpo di adanse sɛ mafɔn paa.
9 N’abufuw atetew me pasapasa, na ɔde me ho asɛm ahyɛ ne mu.+
Ohu me a na ne bo afuw denneennen.*
Me tamfo apɔkyere n’ani hwɛ me.+
10 Wɔabue wɔn anom kakraa rebɛmene me,+
Na wɔabɔ m’asom agu m’anim ase;
Wɔaboaboa wɔn ano bebree reba me so.+
12 Ná mete hɔ dwoodwoo, nanso ɔwosow me;+
Osoo me kɔn akyi, na obubuu me pasaa,
Na otuu n’ani sii me so.
14 Mayɛ sɛ ɔfasu a otutu me mu ntokuru daa.
Ɔba me so sɛ ɔsabarima.
18 O asaase, nkata me mogya so!+
Na me sufrɛ nso, mma ennnyae!
19 Seesei mpo, me dansefo te soro;
Nea obetumi adi me ho adanse wɔ sorosoro.
3 Mepa wo kyɛw, gye nea mede resi awowa no na fa sie.
Hena bio na obekyia me nsam de adi agyinam ama me?+
5 Wotumi ne wɔn nnamfo kyɛ nea wɔwɔ,
Bere a ɔkɔm ama wɔn mma ani akeka kɔ mu.
10 Enti mo nyinaa mommra, na monsan mmɛkeka mo nsɛm no bio,
Na me de, minhu onyansafo biara wɔ mo mu.+
12 Wɔde anadwo yɛ awia,
Na wɔka sɛ: ‘Esum aba yi de, ɛrenkyɛ hann bɛba.’
14 Mɛka akyerɛ amoa*+ sɛ, ‘Me papa ne wo!’
Na maka akyerɛ mmoawa sɛ, ‘Me maame ne me nuabea!’
Hena na wahu m’anidaso?
18 Ɛnna Bildad+ a ofi Suha no kae sɛ:
2 “Da bɛn na mubegyae* saa nsɛm no ka?
Monte asɛm ase kakra, na yɛn nso yɛatumi akasa.
4 Sɛ abufuw nti, wotetew wo* mu nketenkete mpo a,
Wugye di sɛ wo nti wɔbɛpo asaase?
Anaa ɛyɛ wo sɛ wo nti ɔbotan betu afi baabi a esi?
6 Ne ntamadan mu hann bɛdan sum,
Na kanea a ɛsɛn ne ntamadan mu bedum.
8 Efisɛ ne nan de no bɛkɔ akɔtɔ atena mu,
Na obekyinkyin akɔtɔ asau mu.
10 Wɔde hama asie fam retwɛn no,
Na wɔasum afiri wɔ ne kwan so.
14 Wɔbɛtwe no afi ne ntamadan mu, baabi a onya ahobammɔ no,+
Na wɔatwe no akɔ nneɛma huhuuhu hene no* anim.
18 Wɔbɛpam no afi hann mu akɔ sum mu,
Na wɔapam no afi asaase so.
21 Eyi na ɛbɛba ɔbɔnefo ntamadan so,
Na nea onnim Onyankopɔn no, eyi na ɛbɛto ne tenabea.”
19 Ɛnna Hiob kae sɛ:
4 Na sɛ ɛyɛ ampa sɛ madi mfomso mpo a,
Me mfomso yɛ me ara m’asɛm.
5 Sɛ moayɛ mo adwene sɛ moremfa me nyɛ hwee,
Na moka sɛ animguase a ato me no fata me a,
6 Ɛnde munhu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na wadaadaa me,
Na ɔno na ɔde n’atena akyere me.
7 Hwɛ! Meteɛm daa sɛ: ‘Asɛm ato me o!’ nanso obiara nnye me so;+
Meteɛm daa sɛ obi mmoa me, nanso atɛntrenee biara nni hɔ.+
9 Wagye m’anuonyam afi me nsam,
Na wayi ahenkyɛw no afi me ti so.
10 Obubu me kosi sɛ mɛyera;
Na otu m’anidaso te sɛ dua.
16 Mefrɛ m’akoa, nanso ommua me.
Mibue m’ano pa no kyɛw sɛ onhu me mmɔbɔ.
18 Mmofra nketewa mpo de m’anim ayɛ fam;
Minya sɔre pɛ, na wɔafi ase rehuro me.
23 Minyae a, anka wɔakyerɛw me nsɛm ato hɔ;
Minyae a, anka wɔakyerɛw wɔ nhoma mu!
26 Sɛ wɔsɛe me were wie a,
Bere a meda so ara wɔ honam no, mehu Onyankopɔn,
27 Me ara mehu no,
M’ankasa m’ani na mede behu no, na ɛnyɛ obi ani.+
Nanso me mu de, mete nka sɛ mabubu!*
28 Efisɛ moka sɛ, ‘Ɛdɛn na yɛreyɛ de atan n’ani?’+
Na moka sɛ asɛm no fi me ara.
29 Mo ara nso, ɛsɛ sɛ musuro sekan,+
Efisɛ sekan bɛtwe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso;
Munhu sɛ ɔtemmufo bi wɔ hɔ.”+
20 Ɛnna Sofar+ a ofi Naama no kae sɛ:
2 “Me ho yeraw me,
Enti nea ɛrekɔ so wɔ me tirim no pusuw me sɛ menkasa.
4 Sɛnea wunim biribiara yi de, ɛnde wunim eyi dedaadaw,
Efisɛ efi bere a wɔde onipa* too asaase so nyinaa saa ara na ɛte;+
5 Ɛne sɛ, omumɔyɛfo nni ahurusi nkyɛ,
6 Sɛ ne kɛseyɛ kodu ɔsoro,
Na ne ti kɔka omununkum mpo a,
7 Ɔbɛyera koraa te sɛ ɔno ara ne tiafi.
Wɔn a bere bi na wohu no no bebisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’
10 Ɔno ara ne mma bɛsrɛ ahiafo sɛ wɔmmoa wɔn,
Na n’ankasa nsa bɛsan de n’ahonyade akɔ baabi a onya fii.+
12 Sɛ adebɔne yɛ n’anom dɛ,
Na ɔde sie ne tɛkrɛma ase,
13 Sɛ ɔma ɛyɛ no dɛ, na wampuw angu,
Na ɔma ɛkɔ so da n’anom a,
14 N’aduan bɛyɛ nwene wɔ ne yam;
Ɛbɛyɛ sɛ ɔprammiri bɔre* wɔ ne mu.
15 Wamemene ahonyade, nanso ɔbɛfe aba;
Onyankopɔn beyi afi ne yam.
17 Ɔrenhu asu a ɛretene no da,
Ɛwo ne bɔta a ɛrebu fa so sɛ nsu no.
19 Efisɛ watiatia ahiafo so agyaw wɔn hɔ,
Na wagye ofi a ɛnyɛ ɔno na osii.
20 Nanso n’asom rennwo no;
N’ahonyade rentumi nnye no.
21 Biribiara nni hɔ a aka a ɔbɛmene;
Ɛno nti na ne yiyedi renkyɛ no.
22 Bere a wanya ahonyade ama abu so no, adwinnwen bɛhyɛ no so;
Mmusu kɛse bɛba no so.
24 Sɛ oguan fi dade akode ano a,
Kɔbere agyan bɛwɔ ne mu.
26 N’agyapade bɛyera wɔ esum kabii mu;
Ogya a obiara mfita mu bɛhyew no;
Obiara a waka wɔ ne ntamadan mu no, amanehunu bɛto no.
27 Ɔsoro bɛma ne mfomso ada adi;
Asaase bɛsɔre adi adanse atia no.
29 Eyi na onipabɔnefo benya afi Onyankopɔn hɔ,
Eyi ne agyapade a Onyankopɔn de ato hɔ ama no.”
21 Ɛnna Hiob kae sɛ:
2 “Monyɛ aso ntie m’asɛm yi yiye,
Na momfa ɛno nkyekye me werɛ.
4 Onipa na meka me haw kyerɛ no anaa?
Sɛ saa a, anka m’abotare* nsae anaa?
5 Monhwɛ me; montɛɛ mo anom nhwɛ me.
Momfa mo nsa nto mo ano.
6 Sɛ midwen ho a, na mayɛ basaa;
Ɛba saa a, na me ho repopo.
8 Daa wɔn mma wɔ wɔn anim,
Na wohu wɔn asefo mpo.
10 Wɔn anantwinini foro anantwibere pɛ, na wɔanyinsɛn;
Wɔn anantwibere wo, na wɔmpɔn.
11 Wɔn mma mmarima tu mmirika wɔ abɔnten te sɛ nguankuw,
Na wɔn mma huruhuruw.
14 Nanso wɔka kyerɛ nokware Nyankopɔn no sɛ, ‘Gyaa yɛn!
Yɛmpɛ sɛ yehu w’akwan.+
15 Hena ne ade nyinaa so Tumfo no a enti ɛsɛ sɛ yɛsom no?+
Na sɛ yehu no a, dɛn paa na yebenya?’+
16 Nanso minim sɛ wonni wɔn yiyeyɛ so tumi.+
Me ne nnebɔneyɛfo nsusuwii* nni hwee yɛ.+
17 Mpɛn ahe na wodum abɔnefo kanea?+
Mpɛn ahe na amanehunu to wɔn?
Mpɛn ahe na Onyankopɔn sɛe wɔn wɔ n’abufuw mu?
18 Da bɛn paa na abɔnefo yɛe sɛ sare a mframa rebɔ no?
Anaa da bɛn na ahum huw wɔn kɔe sɛ ntɛtɛwa?
19 Onyankopɔn de onipa asotwe bɛto hɔ ama onipa no ara mma.
Nanso ma Onyankopɔn ntua onipa no nso ka mma onhu sɛnea ɛte.+
23 Obi wu bere a ɔwɔ ahoɔden paa,+
Bere a onni haw biara na ne ho adwo no,+
24 Bere a ne srɛ ayeyɛ akɛse,
Na ne nnompe mu ayɛ den* no.
29 Adɛn, mummisaa akwantufo?
Na monhwehwɛɛ nea wɔahu no* mu yiye?
30 Ɛmma munhui sɛ ɔbɔnefo fa ne ho di amanehunu da,
Na wogye no abufuw da anaa?
31 Hena na ɔbɛka asi n’anim sɛ ne kwan nye?
Na nea wayɛ no, hena na obetua no so ka?
32 Sɛ wɔde no kɔto ɔdamoa mu a,
Wobesi pɛ wɔ ne nna so.
33 Dɔte atɔwatɔw a ɛwɔ bon mu bɛyɛ no dɛ,+
Na nnipa nyinaa bedi n’akyi,*+
Sɛnea nnipa a wɔn dodow nni ano dii n’anim no.
34 Enti adɛn nti na moma me awerɛkyekye hunu?+
Mo nsɛm a moka nyinaa, hwee nnim; nnaadaa nko ara!”
22 Ɛnna Elifas+ a ofi Teman no kae sɛ:
2 “Ɔbarima so wɔ mfaso ma Onyankopɔn anaa?
Na obi a ɔwɔ nhumu so wɔ mfaso ma no anaa?+
3 Sɛ woyɛ ɔtreneeni a, ade nyinaa so Tumfo no de, ɛfa ne ho bɛn?*
Na wokɔ so ma w’abrabɔ di mu a, mfaso bɛn na obenya?+
4 Wo nyamesuro nti, obedi w’asɛm
Na watwe w’aso anaa?
9 Nanso womaa akunafo de nsapan kɔe,
Na nnyanka nso, wububuu wɔn nsam.
10 Ɛno nti na mfiri* atwa wo ho ahyia,+
Na nneɛma a ɛyɛ hu a ɛba mpofirim hunahuna wo no.
11 Ɛno nti na esum kabii aba a wuntumi nhu ade no.
Na ɛno nso nti na nsu ayiri akata wo so no.
12 Ɛnyɛ ɔsorosoro na Onyankopɔn wɔ anaa?
Na hwɛ sɛnea nsoromma nyinaa wɔ soro tɔnn.
13 Nanso woka sɛ: ‘Ɛdɛn koraa na Onyankopɔn nim?
Obetumi ahu nea ɛwɔ sum kabii mu abu atɛn anaa?
17 Wɔka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: ‘Gyaa yɛn!’
Na wɔkae sɛ, ‘Ɛdɛn na ade nyinaa so Tumfo no betumi ayɛ yɛn?’
18 Nanso Ɔno na ɔde nneɛma pa ahyɛ wɔn afi ma.
(Me de, adwemmɔne a ɛte saa nni me tirim koraa.)
19 Atreneefo behu eyi na wɔadi ahurusi,
Na wɔn a wɔn ho nni asɛm bedi wɔn ho fɛw sɛ:
20 ‘Wɔasɛe yɛn atamfo,
Na wɔn ho biribiara a aka nso, ogya bɛhyew.’
23 Sɛ wosan ba ade nyinaa so Tumfo no nkyɛn a, wobɛsan asi wo dedaw mu;+
Sɛ wuyi nea ɛnteɛ fi wo ntamadan mu,
24 Sɛ wotow wo sika kɔkɔɔ* gu mfuturu mu,
Na wotow Ofir sika kɔkɔɔ+ no gu subon* mu a,
25 Anka ade nyinaa so Tumfo no bɛba abɛyɛ wo sika kɔkɔɔ,*
Na ɔno ara nso abɛyɛ wo dwetɛ amapa.
26 Anka ade nyinaa so Tumfo no nti, w’ani begye,
Na woama w’ani so akyerɛ Onyankopɔn.
27 Wobɛsrɛ no, na obetie wo,
Na bɔ a woahyɛ no, wubetua.
28 Nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ biara bɛyɛ yiye,
Na hann bɛhyerɛn wɔ wo kwan so.
30 Obegye wɔn a wɔn ho nni asɛm;
Enti sɛ wo nsa ho tew a, sɛnea ɛte biara obegye wo.”
23 Ɛnna Hiob kae sɛ:
3 Minyae a, anka minim baabi a mehu Onyankopɔn!+
Anka mɛkɔ baabi a ɔte no.+
4 Anka mede m’asɛm bɛto n’anim,
Na mɛka nsɛm pii de akyerɛ sɛ m’asɛm yɛ dɛ;
5 Anka mɛhwɛ mmuae a ɔde bɛma me,
Na matie nea ɔbɛka akyerɛ me.
6 Anka ɔde n’ahoɔden kɛse no ne me bɛko anaa?
Daabi; anka nea ɛbɛyɛ biara obetie me.+
7 Ɛhɔ na wobesiesie ɔtreneeni no asɛm wɔ Onyankopɔn anim.
Anka me Temmufo no bebu me bem ama asɛm no atwa koraa.
8 Nanso mekɔ apuei a, onni hɔ;
Mesan m’akyi nso a, minhu no.
9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ benkum so a, minhu no;
Sɛ ɔman fa nifa a, ɛhɔ nso minhu no.
10 Nanso onim ɔkwan a menam so.+
Sɛ ɔsɔ me hwɛ wie a, me ho befi sɛ sika kɔkɔɔ amapa.+
12 Mentwee me ho mfii n’anom mmara ho.
Mede n’anom asɛm+ ato me koma so asen nea ɛsɛ sɛ meyɛ mpo.*
13 Osi ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi a, hena na obetumi asiw no kwan?+
14 Efisɛ nea wahyɛ ato hɔ ama me nyinaa, ɔbɛyɛ,
Na nneɛma a ɛtete saa de, ɔfa no kwa.
15 Ɛno nti na ne nti adwinnwen abɛtɔ me so yi;
Midwen ne ho a, ɛma misuro no pii.
16 Onyankopɔn ama me koma atu,
Na ade nyinaa so Tumfo no ama mabɔ hu.
17 Nanso esum mma menyɛɛ dinn,
Na esum kabii a akata m’anim no mma menkaa m’ano ntoom.
24 “Adɛn nti na ade nyinaa so Tumfo no nhyɛɛ bere ntoo hɔ?+
Adɛn nti na wɔn a wonim no no nhuu ne da* no?
5 Ahiafo hwehwɛ aduan te sɛ nea sare so afurum+ nenam pɛ aduan no;
Wɔhwehwɛ aduan wɔ anwea pradadaa so ma wɔn mma.
9 Abɔnefo hwim agyanka fi nufu ano;+
Sɛ wɔma ahiafo bosea a, wogye wɔn ntama de si awowa,+
10 Na ɛma ahiafo no de adagyaw nantew a wonni ntama,
Na wɔde ɔkɔm soasoa hwiit* a wɔakyekyere no atifi atifi.
11 Abo mu na wɔyɛ adwuma awia ketee;*
Wotiatia bobe so wɔ amoa a wokyĩ nsã wom mu, nanso osukɔm de wɔn.+
12 Wɔn a wɔrewu no penepene wɔ kurow no mu;
Wɔn a wɔapira pira bɔne no* su hwehwɛ mmoa,+
Nanso Onyankopɔn mmu no adebɔne.*
Na ɔkata n’anim.
Wonnim ade a wɔfrɛ no hann.+
17 Efisɛ anɔpa ne sum kabii nyinaa yɛ pɛ ma wɔn;
Wonim nneɛma a ɛyɛ hu a ɛkɔ so wɔ sum kabii mu.
18 Nanso nsu twe wɔn kɔ ntɛmntɛm.*
Nnome bɛka wɔn asaase a wɔte so.+
Wɔrensan nkɔ wɔn bobe mfuw mu bio.
20 Ne maame* werɛ befi no; mmoawa bedi ne nam.
Wɔrenkae no bio.+
Na amumɔyɛ bebubu sɛ dua.
22 Onyankopɔn de* ne tumi beyi ahoɔdenfo afi hɔ;
Wɔbɛsɔre, nanso sɛ wɔbɛtena nkwa mu oo, wɔrentena nkwa mu oo, wonnim.
24 Wɔkɔ wɔn anim wɔ abrabɔ mu, nanso ɛnkyɛ na wonni hɔ bio.+
25 Afei hena na ɔbɛka sɛ meyɛ ɔtorofo?
Na hena na ɔbɛka sɛ asɛm a mereka no nyɛ nokware?”
25 Ɛnna Bildad+ a ofi Suha no kae sɛ:
3 Obi betumi akan n’asraafodɔm anaa?
Na hena na ne hann renhyerɛn wɔ no so?
4 Enti ɛbɛyɛ dɛn na onipa dasani ayɛ ɔtreneeni wɔ Onyankopɔn anim?+
Na onipa a ɔbea awo no de, ɔbɛyɛ dɛn aka sɛ ne ho nni asɛm?*+
5 Ɔsram mpo nhyerɛn,
Na nsoromma nso, ɛho ntew wɔ n’ani so.
6 Ɛnde onipa dasani a ɔyɛ aboawa yi de, obebu no dɛn,
Onipa ba a ɔyɛ osunson yi?”
26 Ɛnna Hiob kae sɛ:
2 “Aa! Woaboa nea onni ahoɔden ampa!
Aa! Woagye nea ne nsam agow ampa!+
3 Afotu paa de, wode bi ama nea onnim nyansa!+
Nyansa nso de, woama nkurɔfo anya bi!
5 Awufo a wontumi nyɛ hwee no ho popo;
Wɔwɔ fam mpo sen ɛpo ne nea ɛwom.
7 Watrɛw wim a ɛwɔ atifi fam* no mu wɔ baabi a hwee nni,*+
Na ɔde asaase asɛn hɔ a biribiara nkura mu;
8 Ɔkyekyere nsu wɔ ne mununkum mu,+
Sɛnea ɛbɛyɛ a nsu no mu duru remma omununkum no mpaapae;
9 Wakata n’ahengua no anim,
Na watrɛw ne mununkum mu akata so.+
11 Ɔsoro nnyinaso mpo hinhim;
N’animka ma wɔn ho dwiriw wɔn.
Enti hena na obetumi ate n’aprannaa kɛse no ase?”+
27 Ɛnna Hiob toaa n’asɛm* no so sɛ:
2 “Sɛ́ Onyankopɔn a ɔne me anni no yiye no te ase yi,+
Na ade nyinaa so Tumfo a ɔne me* adi no nwenweenwene no te ase yi,+
3 Bere a m’ahome da so wɔ me mu,
Na honhom a efi Onyankopɔn hɔ wɔ me hwenem yi,+
4 Meremfa m’ano nka amumɔyɛsɛm,
Na meremfa me tɛkrɛma nka nnaadaasɛm!
5 Ɛmpare me sɛ mebu mo bem!
Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu akosi sɛ mewu!+
7 Ma me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefo,
Na ma wɔn a wɔsɔre tia me no nyɛ sɛ amumɔyɛfo.
8 Sɛ Onyankopɔn sɛe ɔbɔnefo* a, anidaso bɛn na ɔwɔ,+
Sɛ ogye ne nkwa* fi ne nsam a, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma no?
10 Ade nyinaa so Tumfo no nti, n’ani begye anaa?
Ɔbɛfrɛ Onyankopɔn daa anaa?
12 Hwɛ! Sɛ mo nyinaa moanya anisoadehu a,
Adɛn nti na aba biara nni mo nsɛm mu yi?
13 Eyi na ɔbɔnefo benya afi Onyankopɔn hɔ,+
Na eyi ne agyapade a atirimɔdenfo benya afi ade nyinaa so Tumfo no hɔ.
15 Ne ho nnipa a ɛbɛka no, owuyare na ebekunkum wɔn,
Na wɔn akunafo rensu wɔn.
16 Sɛ ɔboaboa dwetɛ ano sɛ mfuturu,
Na ɔboaboa ntaade pa pii ano sɛ dɔte de sie mpo a,
17 Boa de, ɔbɛboaboa ano,
Nanso ɔtreneeni na ɔbɛhyɛ,+
Na nnipa a wɔn ho nni asɛm bɛkyɛ ne dwetɛ no afa.
19 Sɛ ɔrekɔda a ɔyɛ osikani, nanso ɔremmoaboa hwee ano;
Obebue n’ani no, na hwee nni hɔ.
28 “Ɛwɔ baabi a wotu dwetɛ,
Ɛnna sika kɔkɔɔ a woyiyi mu fĩ nso wɔ baabi a wotu no;+
2 Wotu dade fi fam,
4 Otu amoa donkudonku* wɔ baabi a obiara mmɛn hɔ koraa,
Baabi a onipa werɛ afi, a onipa biara mfa hɔ koraa;
Nnipa bi sian kɔ mu, na wɔkɔsensɛn hɔ.
6 Abo a ɛwɔ hɔ mu na hoabo wɔ,
Na ɛhɔ mfuturu mu na sika kɔkɔɔ wɔ.
11 Osisiw baabi a nsubɔnten fi ba,
Na oyi nea ahintaw ba hann mu.
14 Nsu a emu dɔ ka sɛ, ‘Enni me mu!’
Na ɛpo nso ka sɛ, ‘Enni me nkyɛn!’+
16 Wɔrentumi mfa Ofir sika kɔkɔɔ ntɔ,+
Na abohene tuntum a ɛho yɛ na ne hoabo nso, wɔrentumi mfa ntɔ.
17 Wɔrentumi mfa sika kɔkɔɔ ne ahwehwɛ ntoto ho,
Na wɔrentumi mfa biribiara a wɔde sika kɔkɔɔ amapa* ayɛ nsesa.+
18 Ɛpo mu abohene ne ahwehwɛbo mpo ne no nsɛ,+
Efisɛ nyansa kotoku ma bo yɛ den sen abohene kotoku ma.
23 Onyankopɔn na onim ɔkwan a yɛbɛfa so ahu;*
Ɔno nko ara na onim baabi a ɛwɔ,+
24 Efisɛ ohu asaase ano noho,
Na ohu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase.+
25 Bere a ɔmaa mframa ahoɔden,*+
Na osusuw nsu,+
26 Bere a ɔhyɛɛ mmara maa osu a ɛtɔ,+
Na otwaa kwan maa omununkum a ɛde osuframa ne aprannaa ba no,+
27 Ɛnna ɔde n’ani huu nyansa, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu;
Ɔmaa ase timii, na ɔsɔ hwɛe.
28 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ:
29 Ɛnna Hiob toaa n’asɛm* no so sɛ:
2 “Minyae a anka abosome a atwam no asan aba,
Nna a na Onyankopɔn hwɛ me so no.
3 Saa bere no, ɔmaa ne kanea hyerɛn me ti so,
Na mede ne hann nantew sum mu.+
4 Saa bere no, na migyina me nan so,
Na na Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntamadan mu.+
5 Saa bere no, na ade nyinaa so Tumfo no ka me ho,
Na na me mma* nyinaa atwa me ho ahyia.
6 Saa bere no, na bɔta abu me so,
Na na ngo hwie sɛ asubɔnten fi abotan mu ma me.+
7 Saa bere no, na mekɔ kurow pon no ano,+
Na na metena baguam.+
8 Saa bere no, mmerante hu me a, na wogyina nkyɛn,*
Na nkwakoraa mpo, na wɔsɔre gyina hɔ.+
9 Abirɛmpɔn gyaee kasa;
Wɔde wɔn nsa too wɔn ano.
11 Obiara a ɔtee me ho asɛm no kaa me ho asɛm pa;
Na obiara a ohuu me biara dii me ho adanse.
15 Mebɛyɛɛ ani maa anifuraefo,
Na meyɛɛ nan maa apakye.
19 Me ntini bɛtrɛtrɛw akɔ nsu mu,
Na obosu begu me nkorabata so anadwo mu nyinaa.
20 M’anuonyam yɛ foforo daa,
Na agyan a ɛwɔ me nsam no, mɛtow no ntoatoaso.’
25 Mene ɔpanyin a memaa wɔn akwankyerɛ,
Na na mete sɛ ɔhene a n’asraafo ka ne ho.+
Meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekye wɔn a wodi awerɛhow werɛ.+
30 “Afei de nkurɔfo serew me,+
Nnipa a manyin sen wɔn.
Saa nkurɔfo no, anka meremfa wɔn agyanom
Nka nkraman a wɔwɛn me nguan mpo ho.
2 Tumi a ɛwɔ wɔn nsam no, dɛn na wɔde yɛ maa me?
Wɔn ahoɔden asa.
3 Ohia ne ɔkɔm nti, wɔayɛ mmerɛw;
Na asaase a ɛso awo so na wonya biribi we,
Baabi a asɛe na ayɛ amamfo no.
4 Wɔtetew nkyene ahaban wɔ wura mu;
Sare so nnua ntini na ɛyɛ wɔn aduan.
7 Wɔteɛteɛm wɔ nnua mu,
Na wɔboaboa wɔn ano wɔ nsasono mu.
12 Wɔsɔre wɔ me nifa so sɛ aturuturafo kuw,
Na wɔma miguan,
Na wogye ban wɔ me kwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe me.
14 Wɔba me so te sɛ nea wɔnam ɔfasu a ntokuru akɛse deda mu mu;
Wɔba me so wɔ m’amanehunu mu.
19 Onyankopɔn atow me akyene atɛkyɛ mu;
Awiewie me sɛ mfuturu ne nsõ.
23 Minim sɛ wode me bɛkɔ owu mu;
Wode me bɛkɔ ofi a ateasefo nyinaa behyia wɔ hɔ no.
25 Wɔn a wɔwɔ amanehunu mu no,* minsu mmaa wɔn anaa?
Minnii* ahiafo ho awerɛhow anaa?+
26 Ná m’ani da so sɛ adepa bɛba, nanso bɔne na ɛbae;
Mehwɛɛ kwan sɛ hann bɛba, nanso esum na ɛbae.
27 Me yam a ɛhyehye me no annyae;
Amanehunu nna bɛtoo me.
28 Awerɛhow mu na menantew;+ m’abam abu.*
Mesɔre wɔ asafo no mu, na misu hwehwɛ boafo.
31 Me sanku wɔ hɔ ma wɔn a wɔredi awerɛhow nko ara,
Na m’atɛntɛbɛn wɔ hɔ ma wɔn a wɔresu.
Enti ɛbɛyɛ dɛn na mahwɛ ababaa* hwɛ bɔne?+
2 Ɛdɛn na anka menya afi Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no hɔ?
Na agyapade bɛn na anka menya afi ade nyinaa so Tumfo a ɔwɔ sorosoro no hɔ?
5 Mohwɛ a, manantew nkontompo mu da?*
Na me nan atu mmirika akɔdaadaa obi da?+
7 Sɛ me nan aman afi ɔkwan no so,+
Na me koma adi m’ani akyi,+
Na me nsa ho agu fĩ a,
8 Ɛnde ma mingu aba, na obi foforo nni,+
Na nea madua no, ma nkurɔfo ntutu.*
9 Sɛ me koma adaadaa me wɔ ɔbea foforo ho,+
Na makɔtɛw+ me yɔnko pon ano a,
Na sɛ obisa me a, asɛm bɛn na mɛka akyerɛ no?+
15 Nea ɔyɛɛ me wɔ ɔyafunu mu no, ɛnyɛ Ɔno ara na ɔyɛɛ wɔn nso anaa?+
Ɛnyɛ Ɔno ara nso na ɔnwenee yɛn ansa na wɔrewo yɛn?*+
16 Sɛ mamfa nea ahiafo pɛ amma wɔn,+
Na sɛ memaa akunafo anidaso sae,*+
17 Sɛ me nkutoo na midii m’aduan,
Na mamma nnyanka bi anni;+
18 (Efisɛ efi me mmeranteberem nyinaa, agyanka* faa me sɛ ne papa,
19 Sɛ mihuu obi a ataade a onni nti ɔrewu,
Anaa ohiani a onni nea ɔde kata ne ho,+
20 Sɛ mamma no me nguan ho nwi amma ne ho anyɛ no hyew
21 Na sɛ mepomaa twɛre kyerɛɛ agyanka so,+
Bere a ohia me mmoa wɔ kurow pon ano a,*+
22 Ɛnde ma me nsa nhuan mfi m’abati,*
Na m’abasa mmu mfi m’abatwɛw.*
23 Efisɛ na misuro amanehunu a efi Onyankopɔn hɔ,
Na mantumi annyina n’anuonyam anim.
24 Sɛ mede me werɛ hyɛɛ sika kɔkɔɔ mu,
Anaa meka kyerɛɛ sika kɔkɔɔ amapa sɛ, ‘Wo na mede me ho ato wo so!’+
25 Sɛ ahonyade bebree a minyae nti,+
M’agyapade dodow no maa m’ani gyei,+
26 Sɛ mihuu owia* a ɛrehyerɛn,
Anaa ɔsram a ɛnam n’anuonyam mu,+
27 Ɛnna me koma daadaa me wɔ kokoam
Maa m’ano few me nsa ho de som wɔn a,+
28 Anka ɛno bɛyɛ mfomso a atemmufo no bɛtwe m’aso wɔ ho,
Efisɛ anka mapo nokware Nyankopɔn a ɔwɔ soro no.
31 Wontee sɛ nnipa a ɛwɔ me ntamadan mu rebisa sɛ,
33 Mohwɛ a, mayɛ sɛ mɛkata me mmarato so pɛn, sɛnea mmarima a aka no yɛ no?+
Na mede me mfomso asie m’ataade kotoku mu anaa?
34 Mohwɛ a, misuro nea nnipadɔm bɛyɛ?
Anaa misuro sɛ mmusua a aka no begu m’anim ase
Ama maka m’ano atom na masuro sɛ mepue akɔ abɔnten?
35 Minyae a anka obi retie me!+
Anka asɛm a maka no, mede me nsa bɛhyɛ ase.*
Ma ade nyinaa so Tumfo no nyi me ano!+
Minyae a anka nea ɔrebɔ me sobo no akyerɛw ne sobo no wɔ nhoma mu!
36 Anka mede bɛto m’abati,
Na mede ahyɛ me ti sɛ ahenkyɛw.
37 Anka mɛkan anammɔn biara a metu akyerɛ no,
Na mede akokoduru akɔ n’anim sɛ obirɛmpɔn.
38 Sɛ me ara m’asaase su guu me so,
Na ɛne ne nkofi nyinaa boom sui,
39 Sɛ midii so aba a mantua ka,+
Anaa memaa ne wuranom* abam bui a,+
40 Ɛnde ma nsɔensɔe mfifi nsi hwiit ananmu mma me,
Na wura kankan mfifi nsi baali* anan.”
Ɛha na Hiob asɛm no si.
32 Ɛno nti, mmarima baasa yi anhaw wɔn ho sɛ wɔne Hiob bɛka biribiara bio, efisɛ na Hiob gye ne ho di sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.*+ 2 Ɛnna Busni+ Barakel a ofi Ram abusua mu no ba Elihu bo fuwii paa. Ne bo fuw Hiob sɛ wabu ne ho* ɔtreneeni asen Onyankopɔn.+ 3 Hiob nnamfo baasa no nso, Elihu bo fuw wɔn paa, efisɛ wɔannya asɛm papa biara anka, na mmom wɔkae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔbɔnefo.+ 4 Ná wɔn nyinaa anyin kyɛn Elihu, enti na ɔretwɛn ama wɔn ano asi ansa na ɔne Hiob akasa.+ 5 Bere a Elihu hui sɛ mmarima baasa no nni asɛm biara ka bio no, ne bo fuwii. 6 Enti Busni Barakel ba Elihu fii ase kasae, na ɔkae sɛ:
Obu a mewɔ ma mo nti, mankasa,+
Na na misuro sɛ mɛka nea minim akyerɛ mo.
10 Ɛno nti nea mereka ne sɛ, ‘Tie me.
Na me nso mɛka nea minim akyerɛ wo.’
12 Meyɛɛ komm tiee mo,
Nanso mo mu biara antumi ammɔ Hiob asɛm no angu,*
Na obiara antumi amma no mmuae wɔ n’asɛm no ho.
13 Enti monhwɛ na moanka sɛ, ‘Yɛahu nyansa;
Ɛyɛ Onyankopɔn na wateɛ n’adwene, na ɛnyɛ onipa.’
14 Hiob nkasa ntiaa me,
Enti nsɛm a mokeka kyerɛɛ no no, merenka bi nkyerɛ no.
16 Matwɛn ara, nanso monkasa bio;
Mugyinagyina hɔ saa, na monka hwee bio.
17 Enti me nso mɛka bi;
Me nso mɛka nea minim.
18 Efisɛ nsɛm ahyɛ me ma;
Honhom a ɛwɔ me mu no rehyɛ me.
20 Momma menkasa na me ho ntɔ me!
Mebue m’ano na makasa.
Na merennɛfɛdɛfɛ onipa biara.*
22 Efisɛ minnim sɛnea wɔdɛfɛdɛfɛ nkurɔfo;
Meyɛ saa a, anka me Bɔfo beyi me afi hɔ ntɛm.
33 “Afei Hiob, mepa wo kyɛw, tie me nsɛm;
Tie nea mɛka biara.
5 Sɛ wowɔ asɛm bi a, wubetumi aka akyerɛ me;
Sɛ wowɔ biribi ka a, ka kyerɛ me; yɛ krado.
6 Hwɛ! Sɛnea wote wɔ nokware Nyankopɔn no ani so no, saa ara na me nso mete;
Me nso, dɔte na wɔde nwenee me.+
7 Enti ɛnsɛ sɛ wusuro me,
Na merenka asɛm a ebebubu wo.
8 Nanso woaka ama mate;
Ampa, woaka ama mate mpɛn pii sɛ,
9 ‘Me ho tew, na bɔne biara nni me ho;+
Efĩ nni me ho, na mfomso biara nni me ho.+
12 Nanso woka saa a, woanka no yiye. Enti mɛka ho biribi. Ɛne sɛ:
Onyankopɔn kyɛn onipa dasani koraa.+
Nsɛm a wokekae a wanka ho hwee no nti anaa?+
14 Onyankopɔn kasa baako, ɔkasa mprenu,
Nanso obiara ntie.
15 Ɔkasa wɔ ɔdae mu, anadwo anisoadehu mu,+
Bere a nnipa ada hatee,
Bere a nnipa ada wɔ wɔn mpa so.
16 Afei oyi nea ɛkata wɔn aso no,+
Na otim* akwankyerɛ a ɔde ama wɔn no so,
17 Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma onipa atwe ne ho afi bɔne ho,+
Na wabɔ ɔbarima ho ban na wanyɛ ahantan.+
19 Ɛyaw a onipa di wɔ ne mpa so kasa kyerɛ no,
Na ne nnompe mu a ɛwe no daa no nso ka n’anim,
23 Sɛ ɔsomafo* bi wɔ hɔ ma no,
Ɔkasamafo baako a ɔda apem mu,
A ɔbɛkyerɛ onipa nea ɛteɛ a,
24 Ɛnde Onyankopɔn dom no, na ɔka sɛ,
Manya agyede!+
26 Ɔbɛpa Onyankopɔn kyɛw,+ na Onyankopɔn begye no atom,
Na ɔde ahurusi na ebehu N’anim,
Na Ɔbɛsan abu onipa dasani ɔtreneeni bio.
29 Ampa! Onyankopɔn yɛ eyinom nyinaa;
Ɔyɛ no mprenu ne mprɛnsa ma ɔbarima,
30 Sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi no* afi amoa* mu,
Na ama nkwa hann ahyerɛn no so.+
31 Hiob, yɛ aso! Tie me!
Yɛ komm, na mentoa so nkasa.
32 Sɛ wowɔ asɛm bi ka a, ka kyerɛ me.
Kasa, efisɛ mepɛ sɛ mema wohu sɛ wudi bem.
33 Sɛ wunni hwee ka a, ɛnde tie me;
Yɛ komm na menkyerɛ wo nyansa.”
34 Ɛnna Elihu toaa so kae sɛ:
2 “Muntie me nsɛm, mo a munim nyansa;
Muntie me, mo a mowɔ nimdeɛ pii.
4 Momma yɛn ankasa nhwehwɛ mu nhu nea ɛteɛ;
Momma yɛn ara yɛnkyerɛ nea eye ma yɛn.
6 Mohwɛ a, medi atoro sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa atemmu a ɛfata mma me anaa?
Mentoo mmara biara, nanso me kuru nni aduru.’+
7 Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob
A ɔnom animtiaabu sɛ nsu?
10 Enti mo a mowɔ ntease,* muntie m’asɛm yi:
Ɛrentumi mma da sɛ nokware Nyankopɔn no bɛyɛ bɔne!+
Na ɛrentumi mma da sɛ ade nyinaa so Tumfo no bɛyɛ adebɔne!+
11 Nea onipa yɛ no, ɛno na ɔhwɛ ho tua no ka,+
Na sɛnea onipa akwan te no, ɛho nsunsuanso na ɔde ba no so.
16 Enti sɛ wowɔ ntease a, tie eyi;
Yɛ aso tie nea mereka yi.
17 Nea okyi atɛntrenee na ɛsɛ sɛ odi tumi anaa?
Anaa otumfo a ɔteɛ no, wubebu no fɔ?
18 Wubetumi aka akyerɛ ɔhene sɛ, ‘Woyɛ onipahunu’?
Anaa wobɛka akyerɛ atitiriw sɛ, ‘Moyɛ abɔnefo’?+
19 Obi wɔ hɔ a ɔnhwɛ abirɛmpɔn anim nsen nnipa foforo,
Na ommu osikani nsen ohiani,*+
Efisɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.+
20 Wotumi wu prɛko pɛ,+ anadwo dasum;+
Wɔwosow biribiribiri, na wowu;
Atumfo mpo, woyi wɔn fi hɔ, nanso ɛnyɛ nnipa nsa na ɛyɛ.+
23 Efisɛ Onyankopɔn nhyɛɛ bere mmaa onipa biara
Sɛ ɔmmra n’anim mma ommu no atɛn.
26 Wɔn bɔne nti, ɔbobɔ wɔn
Wɔ baabi a obiara behu,+
Na wɔmfa n’akwan nyɛ hwee;+
28 Wɔma ohiani su frɛ no,
Na ɛma ɔte mmɔborɔwa nteɛm.+
29 Sɛ Onyankopɔn yɛ komm a, hena na obetumi abu no fɔ?
Sɛ ɔde n’anim sie a, hena na obetumi ahu no?
Sɛ ɔde n’anim sie ɔman oo, sɛ ɔde sie onipa oo, ekosi hɔ ara.
30 Ɛremma onipabɔnefo* nni tumi,+
Na ɛremma onipabɔnefo nsum nkurɔfo afiri.
31 Wohwɛ a, obi betumi aka akyerɛ Onyankopɔn sɛ,
‘Menyɛɛ bɔne biara, nanso wɔatwe m’aso’?+
32 Wohwɛ a, obi betumi aka sɛ, ‘Sɛ mayɛ biribi a minnim a, kyerɛ me;
Sɛ mayɛ bɔne bi a, merenyɛ bio’?
33 Wopɛ sɛ ɔma wo akatua a wopɛ, bere a woapo n’atemmu?
Wo ara na wobɛkyerɛ, na ɛnyɛ me.
Enti nea wunim no yiye no, ka kyerɛ me.
Ne ɔbarima nyansafo biara a ɔretie me no bɛka akyerɛ me sɛ,
35 ‘Ɛnyɛ nimdeɛ mu na Hiob kasa,+
Na ɛnyɛ nhumu na ɔde kasa.’
37 Ɔde atuatew ka ne bɔne ho;+
Ɔbɔ ne nsam kyerɛ yɛn de di yɛn ho fɛw,
Na ɔka nsɛm pii tia nokware Nyankopɔn no!”+
35 Elihu toaa so kae sɛ:
3 Efisɛ woka sɛ, ‘Meyɛ nea ɛteɛ mpo a, sɛ ɛmfa wo* ho?
Meyɛɛ bɔne mpo a, sɛ anka eye?’+
6 Sɛ woyɛ bɔne a, ɛka no dɛn?+
Na sɛ woma wo mmarato dɔɔso a, ɛdɛn na ɛbɛyɛ no?+
8 Woyɛ bɔne a, wo yɔnko nipa mmom na ɛbɛhaw no,
Na sɛ woyɛ adetrenee a, onipa ba na woyɛ ma no.
14 Ɛnde sɛ wokeka sɛ wunhu no a, ɛno na obetie anaa?+
W’asɛm no da n’anim, enti kɔ so ara twɛn no.+
36 Elihu toaa so sɛ:
2 “Nya abotare kakra ma me, na menkyerɛkyerɛ mu,
Efisɛ meda so wɔ nsɛm bi a ɛsɛ sɛ meka ma Onyankopɔn.
8 Nanso sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn,
Na amanehunu nhama kyere wɔn a,
9 Ɔma wohu nea wɔayɛ,
Na ɔma wohu mmarato a wɔn ahomaso akɔfa aba.
13 Wɔn a bɔne adidi wɔn komam no,* wɔn na wɔde abufuw hyɛ wɔn mu.
Sɛ ɔkyekyere wɔn mpo a, wonsu nhwehwɛ mmoa.
17 Na atemmu a ɛbɛba abɔnefo so no bɛma wo koma atɔ wo yam,+
Bere a wɔabu atɛn na atɛntrenee ayɛ adwuma no.
20 Nka sɛ wunyae a anka anadwo aba,
Anadwo a nnipa yera fi baabi a wɔwɔ no.
22 Hwɛ! Onyankopɔn nam ne tumi so nya anuonyam;
Ɔkyerɛkyerɛfo bɛn na ɔte sɛ ɔno?
25 Nnipa nyinaa ahu;
Onipa dasani gyina akyirikyiri hwɛ.
29 Wohwɛ a, obi betumi ate sɛnea omununkum ahyehyɛ no ase?
Aprannaa a ɛbobom wɔ Ne ntamadan* mu no, obi betumi ate ase anaa?+
37 “Seesei me koma rebɔ kim-kim-kim,
Na ɛrehuruhuruw fi baabi a ɛwɔ.
4 Afei mmobom kɛse di akyi ba;
Ɔde nne kɛse ma aprannaa bobom.+
Bere a ne nne rebobom nyinaa, na ɛno* nso nenam mu.
6 Efisɛ ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asaase so,’+
Na ɔka kyerɛ osu a ɛretɔ sɛ, ‘Tɔ gidigidi.’+
8 Wuram mmoa kɔ wɔn bon mu,
Na wompue mfi wɔn bon no mu.
11 Yiw, ɔma osu yɛ omununkum ma;
Ɔbɔ n’anyinam hwete+ omununkum mu.
12 Etwa ne ho frɛdɛfrɛdɛ kɔ baabiara a ɔkyerɛ sɛ ɛnkɔ;
Nea ɔbɛka sɛ ɛnkɔyɛ wɔ asaase so biara no, ɛkɔyɛ.+
13 Sɛ ɔde twe nkurɔfo aso* oo,+ ɔde yɛ asaase yiye oo,
Sɛ ɔde kyerɛ ne dɔ a enni huammɔ oo, ɔma edi ho dwuma.+
15 Wunim sɛnea Onyankopɔn ma omununkum yɛ adwuma?
Na wunim sɛnea ɔma anyinam paapae wɔ ne mununkum mu no?
16 Wunim nea ɛma omununkum tumi sensɛn hɔ?+
Eyi yɛ Nea ne nimdeɛ wie pɛyɛ no anwonwadwuma.+
19 Kyerɛ yɛn nea yɛnka nkyerɛ no;
Yɛwɔ sum mu, enti yenhu nea yɛnka.
20 Metumi aka akyerɛ no sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa anaa?
Anaasɛ onipa bi aka biribi a ɛsɛ sɛ wɔbɔ No amanneɛ?+
24 Ɛno nti, ɛsɛ sɛ nnipa suro no.+
Efisɛ obiara a ɛyɛ no sɛ ɔyɛ onyansafo* no, ɔrenyɛ no adom.”+
38 Ɛnna Yehowa bisaa Hiob wɔ ahum no mu sɛ:+
3 Yɛ krado sɛ ɔbarima;
Merebebisa wo nsɛm bi, na woayi me ano.
4 Bere a metoo asaase fapem no, na wowɔ he?+
Sɛ wunim a, ka kyerɛ me.
5 Hena na osusuw too hɔ; wunim anaa?
Na hena na ɔde susuhama susuwii?
6 Ɛdɛn so na wɔde ne nnyinaso sisii,
Na hena na ɔde ne ntwea so bo tim hɔ,+
8 Hena na ɔkaa ɛpo hyɛɛ dan mu too no pon mu,+
Bere a epue fii ɔyafunu mu,
9 Bere a mede omununkum kataa ho,
Na mede esum kabii kyekyeree ho,
10 Bere a metoo ɔhye maa no,
Na misisii apon ne ade a wɔde brambram akyi maa no,+
11 Bere a mekae sɛ, ‘Bɛso ha yi ara, na ntra;
Ɛha ara na w’asorɔkye akɛseakɛse no mmɛso’ no?+
12 Woahyɛ mmara ama anɔpa pɛn?*
Anaa wo na wokyerɛ adekyee baabi a empue mfi?+
13 Wo na wokyerɛ no sɛ ensuso asaase anoano,
Na ɛmporoporow abɔnefo mfi so ngu?+
14 Ɛma asaase sesa te sɛ dɔte a wɔde biribi a ahyɛnsode wɔ ho refa so,
Na ɛso biribiara da adi fɛfɛɛfɛ te sɛ ataade a wɔadi adwinni agu mu.
15 Eyi abɔnefo kanea fi wɔn so,
Na wɔn basa a wɔama so no bubu.
18 Woahu sɛnea asaase yɛ tɛtrɛtɛ fa?+
Sɛ wunim eyinom nyinaa a, ka kyerɛ me.
22 Woakɔ adan a wɔkora sukyerɛmma wom mu da,+
Anaa woahu adan a wɔkora asukɔtweaa wom da,+
23 Ade a mede asie ama amanehunu bere
Ne ɔko ne ɔsa da no?+
25 Hena na wayi kwan ama nsuyiri,
Na wapae kwan ama omununkum a ɛde osuframa ne aprannaa ba,+
26 Sɛnea ɛbɛyɛ a osu bɛtɔ wɔ baabi a onipa biara nte,
Na atɔ agu sare so baabi a nnipa nni,+
27 Sɛnea ɛbɛyɛ a asaase a asɛe pasaa bɛyɛ yiye,
Na ama sare afifi?+
29 Hena yam na nsu a akyenkyen fi bae,
Na hena na ɔwoo ɔsoro asukɔtweaa,+
30 Bere a nsu ani akyenkyen sɛ ɔbo,
Na subun ani akyen denneennen no?+
32 Sɛ nsorommakuw* bere so a, wubetumi adi n’anim de no apue?
Na Ayis nsorommakuw* ne ne mma nso, wubetumi akyerɛ wɔn kwan?
35 Wubetumi asoma anyinam ama akɔ?
Na ɛbɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn ni!’ anaa?
37 Hena na onim nyansa a enti obetumi akan omununkum?
Na hena na obetumi ahwie ɔsoro nhina mu nsu agu,+
38 Bere a mfuturu dan atɛkyɛ na ehwie gu,
Na dɔte a abɔ atɔwatɔw keka bom no?
39 Wubetumi akum aboa ama gyata?
Anaa wubetumi ama agyata* aduan ama wɔamee,+
40 Bere a wobutubutuw wɔn bon mu,
Anaa wɔtetɛw wɔn bon mu kyere mmoa no?
41 Hena na ɔyɛ aduan ma kwaakwaadabi,+
Bere a ne mma su frɛ Onyankopɔn,
Na aduan a wonnya nni nti, wɔnenam basabasa no?
39 “Wunim bere a bepɔw so mpɔnkye de wo?+
Na woahu sɛ ɔwansan rewo pɛn?+
2 Wubetumi akan abosome dodow a wɔn mma di wɔ wɔn yam?
Wunim bere a wɔde wo?
3 Wɔkotow wo wɔn mma,
Na wɔn awo mu yaw no to twa.
4 Wɔn mma nya ahoɔden, na wonyinyin wɔ wuram;
Wopue kɔ, na wɔnsan mma wɔn nkyɛn bio.
6 Mede sare so ayɛ ne fi,
Na mede nkyene kurow ayɛ ne tenabea.
7 Ɔmfa gyegyeegye a ɛwɔ kurow mu nyɛ hwee;
Ɔnte nea ɔka no kɔ adwuma no nteɛteɛm.
8 Okyinkyin mmepɔw so hwehwɛ adidibea;
Ɔhwehwɛ wura biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.
9 Wohwɛ a, ɛkoɔ* bɛpene so asom wo?+
Anaa ɔbɛda buw a woabobɔ* mu anadwo?
10 Wubetumi de hama akyekyere ɛkoɔ ama watwa nkofi nteaanteaa ama wo?
Anaa obedi w’akyi afuntum wɔ obon mu?
11 Wode wo ho bɛto n’ahoɔden dodow so,
Na wode w’adwuma kɛse ahyɛ ne nsa?
14 Efisɛ ɔtow ne nkosua gu fam,
Na mfuturu mu na ɔma enya ɔhyew.
15 Ne werɛ fi sɛ obi nan betumi abobɔ no,
Anaa wuram aboa bi betumi atiatia so.
18 Nanso sɛ ɔsɔre, na ɔbɔ ne ntaban mu a,
Ɔserew ɔpɔnkɔ ne nea ɔte no so.
19 Wo na woma ɔpɔnkɔ ahoɔden?+
Anaa wo na wode nwi hyehyɛ ne kɔn mu?
20 Wubetumi ama wahuruhuruw sɛ ntutummɛ?
Sɛ ɔporow ne hwene mu a, ɛyɛ hu paa.+
22 Ohu ade a ɛyɛ hu a, ɔserew, na onsuro hwee.+
Na onguan mfi sekan ano.
23 Agyan wosow wɔ no so,
Peaw ne pɛmɛ twa yerɛwyerɛw.
25 Sɛ ɔte abɛn a, ɔka sɛ, ‘Ahãã!’
Ɔko wɔ akyirikyiri mpo a, ɔte ne hua,
Na ɔte asahene nteɛteɛm ne ɔko nteɛm.+
26 Wo nyansa nti na akorɔma tu fãã,
Na ɔtrɛw ne ntaban mu kyerɛ anaafo anaa?
27 Anaa wo na woma ɔkɔre tu kɔ soro,+
Na ɔkɔyɛ ne berebuw wɔ sorosoro?+
28 Bepɔw so na ɔda anadwo,
Ɔte bepɔw atifi tɔnn wɔ ɔbotan so.*
40 Yehowa toaa so bisaa Hiob sɛ:
2 “Obi a ɔhwehwɛ mfomso betumi ne ade nyinaa so Tumfo no aham anaa?+
Ma nea ɔpɛ sɛ ɔteɛ Onyankopɔn no mmua.”+
3 Ɛnna Hiob buaa Yehowa sɛ:
Ɛdɛn na mede beyi wo ano?
Mede me nsa ato m’ano.+
5 Makasa pɛnkoro, na merenkasa bio;
Makasa mprenu, na merenka hwee bio.”
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Hiob wɔ ahum no mu sɛ:+
8 Wubetumi anya asɛm aka wɔ m’atɛntrenee ho anaa?*
Wubebu me fɔ na ama woadi bem?+
10 Fa anuonyam ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho;
Fa nidi ne ahoɔfɛ fura.
11 Yi abufuw kɛse a ɛwɔ wo mu no nyinaa bra;
Hwɛ obiara a ɔyɛ ahantan na brɛ no ase.
12 Hwɛ obiara a ɔyɛ ahantan, na gu n’anim ase,
Na tiatia abɔnefo so wɔ baabi a wogyina.
13 Fa wɔn nyinaa sie mfuturu mu;
Kyekyere wɔn* wɔ ahintawee mu,
14 Na anka me koraa mɛka akyerɛ wo*
Sɛ wo nsa nifa betumi agye wo.
15 Hwɛ Behemot.* Me na meyɛɛ no, ɛne wo nyinaa.
Ɔwe wura sɛ nantwi.
16 Hwɛ ahoɔden a ɛwɔ n’asen mu,
Na hwɛ n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu!
17 Ɔma ne dua mu yɛ den sɛ sida dua;
Ne srɛ mu ntini abobare ho.
18 Ne nnompe te sɛ kɔbere dorobɛn;
Ne nan te sɛ dade.
19 Onyankopɔn nnwuma nyinaa mu no, biribiara ne no nsɛ;*
Ne Bɔfo no nko ara na obetumi de ne sekan
akɔ no so.
20 Mmepɔw so na onya n’aduan;
Ɛhɔ na wuram mmoa nyinaa di agoru.
22 Nsɔe nnua ma onya onwini,
Na obon ano nnua twa ne ho hyia.
23 Asubɔnten rebu fa so denneennen mpo a, ne ho mpopo.
Sɛ Yordan+ yiri sram so mpo a, onsuro.
3 Wohwɛ a, anka ɔbɛpa wo kyɛw?
Anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ?
4 Ɔne wo bɛyɛ apam
Sɛ fa no yɛ akoa afebɔɔ?
5 Wo ne no bedi agoru sɛ anomaa?
Anaa wode hama beso ne mu de no ama wo mma mmea?
6 Wohwɛ a, aguadifo de wɔn nneɛma bedi nsesa agye no?
Anaa aguadifo bɛkyɛ no afa?*
8 Fa wo nsa ka no hwɛ;
Wobɛkae ntɔkwaw no, na worenyɛ bio da!
9 Woyɛ w’adwene sɛ wubetumi akyere no a, woredaadaa wo ho.
W’ani bɔ no so kɛkɛ mpo a, wobɛbɔ hu.*
10 Obiara nni hɔ a ɔbɛpɛ ne ho asɛm akogyigye no.
Enti hena paa na obetumi agyina m’anim?+
11 Hena na wadi kan ama me biribi a enti ɛsɛ sɛ mitua no ka?+
Nea ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa yɛ me dea.+
12 Merennyae ne nan no ho asɛm ka,
Ne ne kɛseyɛ ne sɛnea wɔyɛɛ no ma ɛyɛɛ nwonwa no.
13 Hena na obetumi aworɔw ne ho were?
Obue n’anom a, hena na obetumi awura mu?
14 Hena na obetumi abue n’anom* apon?
Ne se a egu n’anom no yɛ hu.
16 Ɛfomfam so papee,
Na mframa mpo ntumi mfa mu.
17 Ɛtetare so denneennen;
Ɛfomfam so denneennen, na worentumi ntetew mu.
18 Ɔporow ne hwene mu a, ɛpa gya,
Na n’ani te sɛ adekyee hann.
19 N’anom pa yerɛwyerɛw;
Ɛtetew gya.
20 Wusiw fi ne hwene mu ba;
Ɛte sɛ fononoo a wɔde sare asɔ gya wɔ mu.
21 Ne home ma gyabiriw sɔ kɔɔ,
Na ogya pue fi n’anom ba.
22 Ahoɔden wɔ ne kɔn mu paa,
Na wuhu no a, wobɛbɔ birim.
23 Ne nam tetare so denneennen.
Ɛyɛ den te sɛ dade a wɔanan ama ada; wowae a, ɛnyɛ yiye.
25 Sɛ ɔma ne mu so a, akatakyi mpo bɔ hu;
Sɛ ɔpete ne ho a, nkurɔfo adwene tu fra.
27 Dade yɛ sare ma no,
Na kɔbere yɛ dua a awu ma no.
28 Agyan ntumi mpam no;
Akorabo yɛ sare ma no.
29 Aporibaa yɛ sare ma no,
Na sɛ ohu peaw a edi ahim a, ɔserew.
31 Ɔma subun huru sɛ kuku a esi gya so;
Ɔtɔ po mu a, epuw ahuru sɛ ngo a ɛrehuru wɔ kuku mu.
32 Ɔfa baabi a, na ɔkwan no so ahyerɛn.
Anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ subun afuw dwen.
33 Biribiara ne no nsɛ wɔ asaase so;
Sɛnea wɔyɛɛ no no, onsuro hwee.
34 Aboa biara a ɔyɛ ahantan no, ɔpɔkyere n’ani hwɛ no.
Ɔno ne wuram mmoa a wɔn ho yɛ den nyinaa hene.”
42 Ɛnna Hiob ka kyerɛɛ Yehowa sɛ:
3 Wokae sɛ, ‘Hena na onni nimdeɛ a ɔmpɛ sɛ nkurɔfo hu m’afotu yi?’+
Ampa mekasae, nanso na mente ase,
Mekaa nneɛma a ɛyɛ me nwonwa dodo ho asɛm, nneɛma a minnim.+
4 Wokae sɛ, ‘Tie, na merebɛkasa.
Merebebisa wo nsɛm bi, na woayi me ano.’+
5 Mate wo ho asɛm,
Na seesei de, mede m’ani ahu wo.
7 Bere a Yehowa kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, Yehowa ka kyerɛɛ Elifas a ofi Teman no sɛ:
“Me bo afuw wo ne wo nnamfo baanu no paa,+ efisɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokware+ te sɛ m’akoa Hiob. 8 Enti momfa anantwinini ason ne adwennini ason, na monkɔ m’akoa Hiob hɔ, na mommɔ ɔhyew afɔre mma mo ho;+ na m’akoa Hiob bɛbɔ mpae ama mo. Sɛnea ɛte biara metie n’adesrɛ no,* na manhwɛ mo nkwaseasɛm no ho ne mo anni, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokware te sɛ m’akoa Hiob.”
9 Enti Elifas a ofi Teman ne Bildad a ofi Suha ne Sofar a ofi Naama no kɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no. Na Yehowa tiee Hiob mpaebɔ no.
10 Bere a Hiob bɔɔ mpae maa ne nnamfo no wiei no,+ Yehowa yii Hiob amanehunu no fii no so,+ na ɔma esii no yiye bio.* Nea na Hiob wɔ kan no, Yehowa bɔɔ ho abien maa no.+ 11 Na ne nua mmarima ne ne nua mmea nyinaa, ne ne nnamfo dedaw nyinaa+ baa ne nkyɛn, na wɔne no bedidii wɔ ne fi. Wɔmaa no hyɛden, na wɔkyekyee ne werɛ wɔ amanehunu a Yehowa maa kwan ma ɛbaa no so no nyinaa ho. Na obiara maa no sika ne sika kɔkɔɔ kawa.
12 Na Yehowa hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase,+ na Hiob nyaa nguan 14,000 ne yoma 6,000 ne anantwi 2,000* ne mfurum abere 1,000.+ 13 Afei nso, ɔsan nyaa mma mmarima baason ne mma mmea baasa.+ 14 Ɔfrɛɛ ne babea a odi kan no Yemaima, nea ɔto so abien no Kesia, na ɔfrɛɛ nea ɔto so abiɛsa no Keren-Hapuk. 15 Asaase no nyinaa so no, mmea biara nni hɔ a na wɔn ho yɛ fɛ te sɛ Hiob mma mmea no. Na wɔn papa maa wɔne wɔn nua mmarima no agyapade.
16 Ɛno akyi no, Hiob tenaa ase mfe 140, na ohuu ne mma ne ne mmanana kosii awo ntoatoaso a ɛto so anan so. 17 Hiob nyin kyɛe, na onyaa asetena pa.* Afei owui.
Ebetumi akyerɛ, “Nea Wɔtan No.”
Anaa “onipa a ne ho nni asɛm.”
Nt., “anantwi mpamho 500.”
Nt., “mfurum abere.”
Anaa “ɔrebedwira.”
Ɛyɛ Hebri kasakoa a ɛkyerɛ Onyankopɔn abɔfo.
Nt., “Wode wo koma asi m’akoa Hiob so.”
Anaa “onipa a ne ho nni asɛm.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Anyinam.”
Anaa “Kwaterekwa.”
Anaa “wanka sɛ Onyankopɔn ayɛ biribi a enye.”
Ɛyɛ Hebri kasakoa a ɛkyerɛ Onyankopɔn abɔfo.
Nt., “Wode wo koma asi m’akoa Hiob so.”
Anaa “onipa a asɛm nni ne ho.”
Nt., “memmene.”
Anaa “kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “ɔmaa akuru bɔne bi tutuu.”
Anaa “kyɛmfɛre.”
Anaa “Woda so ara kura w’abrabɔ a edi mu yi mu?”
Anaa “Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne biara.”
Anaa “amannifo.”
Nt., “ɔdomee ne da.”
Anaa “esum ne owu sunsuma.”
Nkurɔfo fa no sɛ ɛyɛ ɔdɛnkyɛm anaa nsu mu aboa kɛse bi a ne ho yɛ den.
Anaa “Na amfa amanehunu ansie m’ani.”
Ebetumi nso akyerɛ, “A wɔkyekyee nkurow tenaa mu a seesei asɛe pasaa no.”
Anaa “wɔn a wɔn kra redi awerɛhow.”
Anaa “hena na obetumi aka ne kasaboa ahyɛ ne yam?”
Anaa “wodwen adwemmɔne.”
Anaa “agyatanini a wɔn ho yɛ den.”
Anaa “n’asomafo.”
Anaa “Nnɔbae a ɔkwasea no twa no.”
Anaa “Afiri beyi wɔn agyapade.”
Anaa “wuram abo ne wo bɛyɛ apam.”
Nt., “wɔ asomdwoe.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ade a wɔde susuw biribi mu duru.
Anaa “Ɛno nti na merekasa basabasa yi.”
Anaa “Me kra mpɛ sɛ ɛde ne nsa ka.”
Anaa “mema me nkwa (me kra) nna yɛ tenten?”
Anaa “Saba akwantufo kuw.”
Anaa “mode no bedi nsesa!”
Anaa “mummmu me atɛnkyea.”
Anaa “ɛyɛ mo sɛ biribi nye a, m’anom ntumi nhu.”
Anaa “Me ho nyinaa adɔ ntwom.”
Anaa “Me nna kɔ ntɛmntɛm sen ɔnwemfo akorokorowa.”
Nt., “m’ani renhu adepa da.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Me kra awerɛhow mu.”
Anaa “me kra nyae.”
Nt., “me nnompe.”
Nt., “wode wo koma.”
Nt., “Ɔde wɔn kɔɔ wɔn atuatew nsam.”
Anaa “Anka wakanyan ne ho ama wo.”
Nt., “Na wɔayiyi nsɛm afi wɔn komam.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
Anaa “ɔwora.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
Anaa “kisa; twintwam.”
Nt., “Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no nyinaa akwan te.”
Anaa “awaefo.”
Nt., “ananse dan.”
Anaa “Ɔhwɛ ɔdan a wɔde abo asi.”
Anaa “saa na ne kwan bɛyera.”
Anaa “wɔn a wɔn ho nni asɛm.”
Nt., “ɔrenso wɔn nsa da.”
Anaa “ɔde No bɛkɔ asɛnnibea.”
Anaa “Oyi mmepɔw fi hɔ.”
Anaa “Nsorommasɔn.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Osisi Kɛse (Ursa Kɛse) nsorommakuw no.
Anaa “Nyɛnkrɛnte.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Orion nsorommakuw no.
Anaa “Akokɔbaatan-ne-ne-mma.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Pleiades nsoromma a ɛwɔ Taurus nsorommakuw mu no.
Nt., “anaafo fam mpia mu.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ ɛpo mu aboa kɛse bi.
Ebetumi nso akyerɛ, “nea me ne no anya asɛm.”
Anaa “Sɛ me ho nni asɛm; Sɛ midi bem.”
Nt., “obebu me ɔkɔntɔnkyeni.”
Anaa “Sɛ me ho nni asɛm; Sɛ midi bem.”
Anaa “minnim me kra.”
Anaa “Mempɛ me nkwa.”
Anaa “nea n’abrabɔ di mu.”
Nt., “anim.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
Nt., “wobebu me ɔbɔnefo.”
Anaa “gyakisi.”
Anaa “ɔbɛyɛ yɛn ntamgyinafo.”
Nt., “Na ɔde ne nsa agu yɛn baanu so.”
Nt., “Sɛ oyi n’abaa fi me so.”
Anaa “Me nkwa afono me kra.”
Anaa “Me kra awerɛhow mu.”
Anaa “Wuhwiee me te sɛ nufusu guu me maame yam.”
Anaa “home; honhom.”
Nt., “Na wode saa nneɛma yi ahintaw wo komam.”
Anaa “m’ani nnye kakra.”
Anaa “Mɛkɔ esum ne owu sunsuma asaase so.”
Anaa “obi a odwa n’anom na odi bem?”
Anaa “wubetumi ahu ade nyinaa so Tumfo no kɛseyɛ mu?”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Ɛda a wɔbɛwo wuram afurum sɛ onipa no.”
Anaa “Sɛ wo nsa reyɛ bɔne a, yi fi wo ho kɔ akyirikyiri.”
Anaa “ɔkra a ɛrewu.”
Nt., “mo na moyɛ nnipa.”
Nt., “koma.”
Anaa “wɔn a wɔwatiriw.”
Ebetumi nso akyerɛ, “kasa kyerɛ.”
Anaa “ɔteasefo biara kra.”
Nt., “nnipa honam nyinaa.”
Anaa “ahome.”
Nt., “dodom.”
Anaa “kisa.”
Anaa “Ɔma nea afotufo wɔ fi wɔn nsa.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “mpanyimfo.”
Nt., “ohodwow atumfo abɔso mu.”
Nt., “koma.”
Anaa “Mopɛ sɛ moka bi ma no.”
Anaa “Mo akasabebu.”
Nt., “Mo akyɛm.”
Nt., “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede me honam hyɛ me se mu?”
Anaa “kra.”
Anaa “Mɛpere m’akwan.”
Anaa “ɔwaefo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Sɛ obi betumi ne me adi asi a, anka memua m’ano na mawu!”
Eyi yɛ hwiit anaa baali dua a aka wɔ afuw mu bere a wɔatwa aduan no awie.
Nt., “ɔporɔw.” Ɛbɛyɛ sɛ Hiob ho asɛm na ɔreka.
Anaa “ateetee nko ara.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wotwa kyene.”
Nt., “me.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kasakoa a wɔde ka owu ho asɛm.
Anaa “Wobɛfe.”
Anaa “Bere a ɔda so wɔ ne honam mu.”
Anaa “ne kra da so.”
Anaa “nimdeɛ hunu.”
Anaa “wo mfomso na ɛkyerɛ w’ano kwan.”
Nt., “Woadan wo honhom atia Onyankopɔn.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ abɔfo.
Nt., “paanoo.”
Nt., “n’akyɛm a akyi yɛ apɔwapɔw.”
Kyerɛ sɛ, anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ ebesi ne dedaw mu.
Nt., “N’anom.”
Anaa “awaefo.”
Anaa “braeb.”
Kyerɛ sɛ, Elifas.
Anaa “Sɛ mo kra wɔ baabi a me kra wɔ a.”
Anaa “Wasɛe wɔn a wɔne me hyia nyinaa.”
Nt. “Ɔtwɛre ne se gu me so.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “m’ahoɔden.” Nt., “m’abɛn.”
Anaa “owu sunsuma wɔ m’ani akyi.”
Ebetumi nso akyerɛ, “m’ani si pɛ twɛn no.”
Anaa “me.”
Nt., “akasabebu.”
Anaa “awaefo.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔdamoa.”
Kyerɛ sɛ, m’anidaso besian akɔ.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ na ɔreka akyerɛ Hiob ne nkurɔfo a wɔte sɛ Hiob anaa wɔne Hiob yɛ adwene.
Ebetumi nso akyerɛ, “yɛn ho ntew?”
Anaa “wo kra.”
Anaa “bɛma watɔ agu so.”
Nt., “owu abakan.”
Anaa “owu yawyaw.”
Nt., “Biribi a ɛnyɛ ne dea.”
Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.
Anaa “beguan; bɛwo.”
Nt., “ɔrennya din.”
Anaa “baabi a ɔbɛtena bere tiaa bi no.”
Anaa “da.”
Anaa “Mobɛteetee me.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “moayeyaw me.”
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Anaa “M’abusuafo.”
Nt., “me yafunu mu mma,” kyerɛ sɛ, yafunu a ɛwoo me (me maame yafunu).
Nt., “Me se ho were na mede fi mu fi.”
Nt., “Na me honam mmee mo?”
Ɛyɛ dade bi a emu yɛ duru.
Anaa “akurukyerɛw.”
Nt., “wɔ dɔte so.”
Anaa “M’asaabo agyae adwumayɛ wɔ me mu.”
Nt., “honhom a efi me ntease mu nti.”
Anaa “adasamma; Adam.”
Anaa “ɔwaefo.”
Anaa “Wɔbɛpam no akɔ.”
Kyerɛ sɛ, n’ahoɔden ne no.
Anaa “bɔnwoma.”
Ɔwɔ bi a n’ano wɔ bɔre paa.
Nt., “tɛkrɛma.”
Nt., “na ɔremmene.”
Anaa “Bere a ɔrehyɛ ne yafunu mã no.”
Nt., “n’abufuw.”
Nt., “me honhom.”
Anaa “wonya tumi?”
Anaa “Na prɛko pɛ, wosian kɔ,” kyerɛ sɛ, wɔn wu ba prɛko pɛ a wɔnte yaw biara.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “afotu; pɔw.”
Anaa “wɔkyɛ abosome dodow a ɔde bɛtena nkwa mu no mu abien.”
Anaa “ne fi.”
Anaa “obetumi akyerɛ Onyankopɔn biribi.”
Nt., “ne nnompe mu hon ayɛ sɔkyee.”
Anaa “ɔkra awerɛhow.”
Ebetumi nso akyerɛ, “mubedi me awu.”
Nt., “wɔn nsɛnkyerɛnne no.”
Nt., “ɔbɛtwe nnipa nyinaa adi n’akyi.”
Anaa “ɛma ade nyinaa so Tumfo no ani gye anaa.”
Anaa “wo bɔne nni awiei.”
Nt., “wuyi wɔn a wɔda adagyaw ho ntama.”
Nt., “nnomaa mfiri.”
Anaa “ɔsoro kontonkron.”
Anaa “Wɔn na wotwaa wɔn nkwa so.”
Nt., “asubɔnten.”
Anaa “Onyankopɔn.”
Anaa “sika kɔkɔɔ mpɔkowa.”
Anaa “obon a ɛda abotan mu.”
Anaa “sika kɔkɔɔ mpɔkowa.”
Anaa “nea n’ani deda fam.”
Anaa “nea mereka ara na mereka; m’asɛm ayɛ atuatew.”
Anaa “nea wɔhwehwɛ fi me hɔ mpo.”
Anaa “Nea ne kra pɛ.”
Kyerɛ sɛ, Onyankopɔn atemmu da.
Ebetumi nso akyerɛ, “Mfuw mu na wotwa mmoa aduan.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “Guankɔbea.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ebetumi nso akyerɛ, “Wokyĩ ngo wɔ wɔn afasu mu.”
Anaa “wɔn a wɔapirapira wɔn pira bɔne no akra.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Onyankopɔn mfa ho sobo mmɔ obiara.”
Nt., “tutu.”
Nt., “Ne ho yɛ hare wɔ nsu ani.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Awotwaa.”
Anaa “Obonin.”
Nt., “Ɔde.”
Nt., “Ɔma.”
Nt., “n’ani wɔ wɔn akwan so.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “ne sorosoro hɔ.”
Anaa “ɛbɛyɛ dɛn na ne ho atew?”
Nt., “Na hena ahome (honhom) na efi wo mu aba yi?”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “n’anim.”
Anaa “Na Abadon.”
Nt., “atifi fam.”
Anaa “ahunmu.”
Anaa “Wayɛ baabi a ayɛ sɛ nea wim ne po reyɛ abom no.”
Nt., “Rahab.”
Anaa “ne mframa.”
Anaa “Ɔwɔ a ne ho yɛ hare.”
Nt., “n’akasabebu.”
Anaa “me kra.”
Anaa “rentwa me adapaa.”
Anaa “me nna biara ho.”
Anaa “ɔwaefo.”
Anaa “kra.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Menam Onyankopɔn nsa so bɛkyerɛkyerɛ mo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔbɔ wɔn nsam gu no so, na wofi baabi a wɔwɔ no bɔ hwirema gu no so.”
Nt., “wohwie.”
Nt., “ɔbo.”
Anaa “nkoron; amoa a wotu fagude wom.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa wɔn a wotu fam agude no dwumadi ho.
Anaa “ɔsansa.”
Anaa “Gyatanini a ne ho yɛ den.”
Nt., “abo a ano yɛ nnam.”
Anaa “sika kɔkɔɔ a wɔayiyi mu fĩ.”
Nt., “Ɔsɛe.”
Anaa “ahu nyansa.”
Nt., “mu yɛɛ duru.”
Nt., “n’akasabebu.”
Anaa “m’asomfo.”
Nt., “wɔde wɔn ho sie.”
Anaa “Wɔn tɛkrɛma taree wɔn anom.”
Anaa “ataade nsasin.”
Anaa “ne se ntam.”
Nt., “wɔ me berebuw mu.”
Nt., “M’asɛm sosɔ guu wɔn asom.”
Ná efi ase fi April mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.
Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔamma m’anim hann anyɛ sum.”
Anaa “Wɔtete subon nsianee so.”
Nt., “wɔde mpire apam.”
Nt., “Wɔde me bu bɛ; Wɔbɔ me din ka asɛm.”
Nt., “agow m’agyan hama mu.”
Anaa “Wɔnhyɛ wɔn ho so wɔ m’anim; Nkurɔfo yi wɔn ano nnareka wɔ m’anim.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Wonhia obiara mmoa na wɔayɛ saa.”
Anaa “kra.”
Nt., “Wotu me nnompe mu tokuru.”
Ebetumi nso akyerɛ, “M’amanehunu kɛse nti, me nipadua asesa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wode ahum nan me.”
Nt., “nea asɛe sum hɔ.”
Anaa “Wɔn a ayɛ den ama wɔn no.”
Anaa “Me kra nnii.”
Nt. “owia hann nni hɔ.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Atiridii.”
Anaa “ɔbaabun.”
Ebetumi nso akyerɛ, “me ne mmarima nkontompofo anantew da?”
Ade a wɔde susuw biribi mu duru.
Anaa “ma wontutu m’asefo ngu.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “mmarima foforo mmu nkotodwe wɔ no so.”
Nt., “ebedi (ɛbɛmene) biribiara asɛe no.”
Anaa “Anka ebetutu ase.”
Anaa “Bere a wɔne me anya asɛm wɔ asɛnnibea a.”
Nt., “Onyankopɔn sɔre a.”
Nt., “ɔyɛɛ yɛn wɔ awotwaa mu?”
Nt., “memaa akunafo ani katae.”
Nt., “agyanka a ɔyɛ ɔbarima.”
Nt., “efi me maame yam.”
Nt., “ɔbea kunafo.”
Nt., “n’asen anhyira.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Bere a mihui sɛ mewɔ akyigyinafo wɔ kurow pon ano no a.”
Anaa “nhuan mfi ne dompe so.”
Anaa “ne dompe so.”
Nt., “hann.”
Anaa “ne kra.”
Nt., “nam.”
Anaa “M’ahyɛnsode ni.”
Anaa “ne wuranom akra.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “efisɛ na Hiob teɛ wɔ ɔno ara n’ani so.”
Anaa “ne kra.”
Nt., “Nna a madi nnɔɔso.”
Nt., “Ma nna.”
Anaa “Onyankopɔn honhom.”
Nt., “nna.”
Anaa “antumi anka Hiob anim.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛha yi de, Elihu ne Hiob na ɛrekasa.
Anaa “meremmɔ onipa biara mmran; meremfa m’ano mfa onipa biara ho.”
Nt., “Me tɛkrɛma ne m’anom.”
Nt., “ɔde ahyɛnsode tim.”
Anaa “nkwa.”
Anaa “ɔdamoa.”
Anaa “akode.”
Nt., “ne nkwa.”
Anaa “ne kra po.”
Anaa “ho da hɔ.”
Anaa “nkwa.”
Anaa “ɔdamoa.”
Anaa “ɔbɔfo.”
Anaa “ɔdamoa.”
Anaa “nyɛ kamakama; nnya ahoɔden.”
Nt., “bɛto dwom.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Na mannya mfaso biara amfi so.”
Anaa “me nkwa.”
Anaa “ɔdamoa.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “ɔdamoa.”
Nt., “dodom.”
Nt., “koma.”
Anaa “asaase.”
Nt., “ne koma.”
Nt., “Ɔhonam.”
Anaa “ommu otitiriw nsen mmɔborɔwa.”
Anaa “ɔwaefo.”
Nt., “koma.”
Ebetumi nso akyerɛ, “M’agya, ma wɔnsɔ Hiob nhwɛ.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn.
Nt., “basa.”
Anaa “atoro.”
Nt., “koma.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Ɔde ahemfo si agua so.”
Anaa “akode.”
Anaa “awaefo.”
Anaa “Wɔn kra wu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔne tuutuufo mmarima a wɔwɔ asɔrefi no nkwa ba awiei bom.”
Nt., “Ogye.”
Anaa “woammɔ wo nsam amfa ammu obi animtiaa.”
Anaa “braeb.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Hena na waka n’anim wɔ n’akwan ho; Hena na wabu no atɛn wɔ n’akwan ho.”
Anaa “yɛrentumi nhwehwɛ mu.”
Anaa “Onyankopɔn bɔ.”
Nt., “N’apata.”
Nt., “ne hann.”
Nt., “ntini.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔde di ma.”
Anaa “Ɔde ne nsa so anyinam mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ade a ɛreba.”
Kyerɛ sɛ, Onyankopɔn.
Anaa “anyinam no.”
Nt., “Onyankopɔn kyekyere onipa biara nsa.”
Nt., “ɔde yɛ abaa.”
Anaa “ma asaase yɛ dinn.”
Kyerɛ sɛ, owia hann.
Anaa “mframa bɛbɔ apia omununkum akɔ.”
Nt., “ɔyɛ onyansafo wɔ ne komam.”
Ɛyɛ Hebri kasakoa a ɛkyerɛ Onyankopɔn abɔfo.
Nt., “Woahyɛ mmara ama anɔpa wɔ wo nna mu pɛn?”
Anaa “owu sunsuma.”
Nt., “nna.”
Ebetumi nso akyerɛ, “anyinam.”
Anaa “Nyankonsu.”
Anaa “Akokɔbaatan-ne-ne-mma.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Pleiades nsoromma a ɛwɔ Taurus nsorommakuw no mu no.
Anaa “Nyɛnkrɛnte.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Orion nsorommakuw no.
Nt., “Masarot.” Asɛm a ɛte saa dodow kabea wɔ 2Ahe 23:5, na ɛkyerɛ sodiak nsorommakuw.
Anaa “Nsorommasɔn.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Osisi Kɛse (Ursa Kɛse) nsorommakuw no.
Ebetumi nso akyerɛ, “Ne mmara.”
Ebetumi nso akyerɛ, “nnipa mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “maa adwene.”
Anaa “agyata a wɔn ho yɛ den.”
Anaa “wuram nantwi.”
Anaa “ɔbɛda wo mmoa adididaka.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “ama ne werɛ afi nyansa.”
Nt., “Opue kohyia akode.”
Nt., “ɔmene asaase.”
Ebetumi nso akyerɛ, “onnye nni.”
Nt., “ɔbotan ano hwirenhwiren.”
Anaa “Wubetumi aka sɛ mibu atɛnkyea anaa?”
Nt., “wɔn anim.”
Anaa “mɛkamfo wo.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ susono.
Nt., “ɔno na odi kan.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
Anaa “ɔwora mu.”
Nt., “afiri.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ “ɔdɛnkyɛm.”
Nt., “sare tenten.”
Nt., “nsɔe.”
Anaa “aguadifo besi no kosow?”
Ɛte sɛ peaw; wɔde yi mpataa akɛse.
Anaa “wubetwa ahwe.”
Nt., “n’anim.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Abona a ahyehyɛ wɔ ne ho no ma ɔyɛ ahantan.”
Anaa “owiyammo.”
Nt., “Sɛnea ɛte biara mepagyaw n’anim.”
Nt., “Yehowa gyee Hiob fii kyere a na wɔakyere no no mu.”
Nt., “anantwi mpamho 1,000.”
Nt., “Hiob bɔɔ akwakoraa, na odii nna mee.”