Genesis
1 Mfiase no+ Onyankopɔn+ bɔɔ+ ɔsoro ne asase.+
2 Na asase no wɔ hɔ kwa a hwee nni so, na na esum kata subun no ani,+ na Onyankopɔn adeyɛ tumi dii akɔneaba+ wɔ nsu no ani.+
3 Na Onyankopɔn kae sɛ:+ “Hann mmra.” Na hann bae.+ 4 Afei Onyankopɔn hui sɛ hann no ye, na Onyankopɔn kyɛɛ hann ne esum+ no mu. 5 Na Onyankopɔn frɛɛ hann no Adekyee+ na ɔfrɛɛ esum no Adesae.+ Na ade sae na ade kyee, da a edi kan ni.
6 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Ewim+ mmra nsu a ɛwɔ fam no ne nea ɛwɔ soro no ntam.”+ 7 Afei Onyankopɔn maa wim bae, na ɔpaee nsu a ɛwɔ ase ne nea ɛwɔ soro no ntam.+ Na ɛyɛɛ saa. 8 Na Onyankopɔn frɛɛ wim no Ɔsoro.+ Na ade sae na ade kyee, da a ɛto so abien ni.
9 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Nsu a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako na asase kesee no nyi ne ho adi.”+ Na ɛyɛɛ saa. 10 Na Onyankopɔn frɛɛ baabi a ɛyɛ kesee no Asase,+ na ɔfrɛɛ nsu a aboaboa ano no Ɛpo.+ Na Onyankopɔn hui sɛ eye.+ 11 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Sare mfifi asase so, afifide a ɛsow aba,+ nnua a ɛsow aba,+ emu biara nsow ne so ne n’aba+ wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. 12 Na sare fifii asase so, afifide a ɛsow aba sɛnea ne su te+ ne nnua a ɛsow aba sɛnea ne su te.+ Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 13 Na ade sae na ade kyee, da a ɛto so abiɛsa ni.
14 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Akanea mmra wim wɔ soro na ɛnkyɛ awia ne anadwo mu;+ na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne na ɛnkyerɛ mmere ne nna ne mfe.+ 15 Na ɛnyɛ akanea wɔ soro na ɛnhyerɛn asase so.”+ Na ɛyɛɛ saa. 16 Na Onyankopɔn yɛɛ* akanea akɛse abien, kanea kɛse paa no hyerɛn awia na ketewa no hyerɛn anadwo, na ɔyɛɛ nsoromma nso.+ 17 Saa na Onyankopɔn de sisii soro sɛ ɛnhyerɛn asase so,+ 18 na ɛnhyerɛn awia ne anadwo na ɛnkyɛ hann ne esum mu.+ Na Onyankopɔn hui sɛ eye.+ 19 Na ade sae na ade kyee, da a ɛto so anan ni.
20 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Akra+ a ɛte ase nhyɛ nsu mu mã na ntuboa nso ntu mfa asase so wɔ wim.”+ 21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛse+ ne akra a ɛte ase a wɔnenam+ nsu mu manyamanya nyinaa sɛnea wɔn su te, ne ntuboa a wɔwɔ ntaban nyinaa sɛnea wɔn su te.+ Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 22 Afei Onyankopɔn hyiraa wɔn kae sɛ: “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ po mu nsu mu mã,+ na ntuboa nso nnɔ wɔ asase so.” 23 Na ade sae na ade kyee, da a ɛto so anum ni.
24 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Akra a ɛte ase mmra asase+ so, afieboa+ ne mmoa a wɔwea+ ne wuram mmoa,+ sɛnea wɔn nyinaa su te.” Na ɛyɛɛ saa. 25 Na Onyankopɔn yɛɛ wuram mmoa ne afieboa ne mmoa a wɔwea asase so, sɛnea wɔn nyinaa su te.+ Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
26 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Ma yɛnyɛ+ onipa yɛn suban so+ sɛnea yɛte,+ na wonni asase ne ɛso mmoa nyinaa so, ɛpo mu mpataa ne wim ntuboa ne afieboa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa.”+ 27 Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no;+ ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.+ 28 Na Onyankopɔn hyiraa+ wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo+ na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã na munni so,+ na ɛpo mu mpataa ne wim ntuboa ne mmoa a wɔnenam asase so nyinaa, munni wɔn so.”+
29 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Mede afifide a ɛsow aba wɔ asase so nyinaa ne nnua a ɛsow aba nyinaa ama mo.+ Ɛnyɛ aduan mma mo.+ 30 Na mede nhaban momono ama wuram mmoa nyinaa ne wim ntuboa nyinaa ne asase so mmoa nyinaa, kyerɛ sɛ akra a ɛte ase nyinaa, sɛ wonni.”+ Na ɛyɛɛ saa.
31 Afei Onyankopɔn huu biribiara a wayɛ, na na eye paa.+ Na ade sae na ade kyee, da a ɛto so asia ni.