Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Hesekiel 1:1-48:35
  • Hesekiel

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hesekiel
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Hesekiel

HESEKIEL

1 Afe a ɛtɔ so 30, bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nnum no, ɔsoro bueeɛ, na menyaa anisoadehunu firii Onyankopɔn hɔ. Saa berɛ no, na me ne atukɔfoɔ no+ wɔ Asubɔnten Kebar ho.+ 2 Bosome no da a ɛtɔ so nnum no, na ɛyɛ berɛ a wɔkyee Ɔhene Yehoiakin+ kɔeɛ no afe a ɛtɔ so nnum. 3 Saa berɛ no na Yehowa de n’asɛm maa ɔsɔfoɔ Busi ba Hesekiel* wɔ Kaldeafoɔ+ asaase so wɔ Asubɔnten Kebar ho; ɛhɔ na Yehowa honhom* baa ne so.+

4 Merehwɛ no, mehuu ahum kɛseɛ+ bi sɛ ɛfiri atifi fam reba. Ná mununkum kɛseɛ ne egya*+ nso repa yerɛyerɛ. Ná hann a ano yɛ den atwa ne nyinaa ho ahyia, na na biribi te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a adi afra+ nso wɔ gya no mu. 5 Mehuu biribi a ayɛ sɛ ateasefoɔ*+ baanan wɔ mfimfini. Wɔn mu biara te sɛ onipa. 6 Wɔn mu biara wɔ anim nnan ne ntaban nnan.+ 7 Wɔn nan a ɛsisi fam no te sɛ obi a ɔgyina ne nansoaa so, na wɔn nan ase te sɛ nantwie ba nan ase, na ɛho hyerɛn te sɛ kɔbere a wɔatwi ho.+ 8 Wɔn ntaban nnan no, ebiara wɔ onipa nsa wɔ aseɛ, na wɔn baanan no biara wowɔ anim ne ntaban. 9 Wɔn ntaban no, ebiara ka ntaban foforɔ. Na sɛ wɔrekɔ a, wɔnnane wɔn ho; wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee.+

10 Sɛdeɛ wɔn baanan no anim teɛ nie: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, na ɔwɔ gyata anim+ wɔ nifa, na ɔsan wɔ nantwie anim+ wɔ benkum, na baanan no mu biara wɔ ɔkɔdeɛ anim+ nso. 11 Saa na na wɔn anim teɛ. Ná wɔn ntaban mu atrɛtrɛ kɔ soro. Wɔn mu biara wɔ ntaban mmienu a baako ka baako, na mmienu nso kata wɔn ho.+

12 Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee. Baabiara a honhom no bɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔ no, ɛhɔ na wɔkɔ.+ Na sɛ wɔrekɔ a, wɔnnane wɔn ho. 13 Ateasefoɔ no ho te sɛ nnyasramma a ɛredɛre. Na biribi a ɛte sɛ tɛnee* a ɛhyerɛn di akɔneaba wɔ ateasefoɔ no ntam, na anyinam pae firi egya+ no mu ba. 14 Sɛ ateasefoɔ no redi akɔneaba a, ɛte sɛ anyinam a ɛrepa yerɛyerɛ.

15 Berɛ a megu so rehwɛ ateasefoɔ no, mehuu ntwahonan baako wɔ asaase so wɔ ateasefoɔ a wɔwɔ anim+ nnan no biara nkyɛn. 16 Na sɛ wohwɛ ntwahonan no ne ne yɛbea a, ɛhyerɛn te sɛ sikabereɛboɔ, na nnan no nyinaa di nsɛ. Sɛdeɛ ne hwɛbea teɛ no, ɛreyɛ akɔyɛ sɛ ntwahonan a ntwahonan foforɔ hyɛ mu.* 17 Sɛ ntwahonan no biara rekɔ a, ɛtumi kɔ afã nnan no nyinaa, nanso ɛnnane ne ho. 18 Ntwahonan nnan no, ebiara hankra yɛ kokuroo ma no yɛ hu, na aniwa tuatua ho nyinaa hyia.+ 19 Baabiara a ateasefoɔ no bɛkɔ no, ntwahonan no kɔ bi, na sɛ wɔma ateasefoɔ no so firi asaase so a, ntwahonan no nso ma ne ho so.+ 20 Baabiara a honhom no bɛkyerɛ sɛ wɔnkɔ no, na wɔkɔ; baabi a honhom no bɛkɔ no, ɛhɔ na wɔn nso kɔ. Na ntwahonan no ma ne ho so a, ɛne ateasefoɔ no nyinaa na ɛma ne ho so, ɛfiri sɛ honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ateasefoɔ no so* no, ɛno ara bi na ɛwɔ ntwahonan no mu. 21 Sɛ wɔkɔ a, na ɛno nso kɔ; wɔgyina a, na agyina; sɛ wɔma wɔn so firi asaase so a, na ntwahonan no nso ama ne ho so, ɛfiri sɛ honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ateasefoɔ no so no, ɛno ara bi na ɛwɔ ntwahonan no mu.

22 Ná biribi te sɛ bamma wɔ ateasefoɔ no atifi+ a ɛpa yerɛyerɛ sɛ ahwehwɛboɔ* nwanwasoɔ bi. 23 Wɔn ntaban no tene* na ɛdi nhwɛanimu wɔ bamma no ase. Wɔn mu biara wɔ ntaban mmienu a ɛkata ne fã ha, na mmienu nso kata ne fã ha. 24 Berɛ a metee wɔn ntaban nnyegyeeɛ no, na ɛte sɛ nsuo pii a ɛreworo so; ɛte sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nnyegyeeɛ.+ Sɛ wɔnam a, mete wɔn nka te sɛ asraafoɔdɔm kɛseɛ nnyegyeeɛ. Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu gu wɔn ho.

25 Ɛnne bi firi bamma a ɛwɔ wɔn atifi no so baeɛ. (Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu gu wɔn ho.) 26 Ná biribi te sɛ hoaboɔ+ wɔ bamma a ɛwɔ wɔn atifi no so, na na ɛsɛ ahennwa.+ Ná obi a ɔsɛ onipa+ te deɛ ayɛ sɛ ahennwa no so. 27 Mehuu biribi a ɛhyerɛn te sɛ sika ne dwetɛ a adi afra,+ na wohwɛ baabi a ayɛ sɛ n’asene rekɔ soro no a, na ɛte sɛ gya; ɛfiri n’asene reba fam nso, mehunuu biribi te sɛ gya.+ Ná ne ho nyinaa hyerɛn 28 te sɛ nyankontɔn+ a ɛwɔ mununkum mu sutɔ da. Saa na na hann a atwa ne ho ahyia no teɛ. Ná ɛte sɛ Yehowa animuonyam.+ Berɛ a mehunuiɛ no, mede m’anim butuu fam, na metee sɛ obi rekasa.

2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba,* sɔre gyina wo nan so na me ne wo nkasa.”+ 2 Berɛ a ɔne me kasaeɛ no, honhom baa me mu, na ɛmaa megyinaa me nan so+ tiee deɛ ɔne me rekasa no.

3 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfoɔ nkyɛn,+ aman* atuatefoɔ a wɔasɔre atia me no.+ Wɔne wɔn agyanom ayɛ me bɔne de abɛsi nnɛ da yi.+ 4 Meresoma wo akɔ mma a wɔmmu adeɛ* na wɔn akoma yɛ den+ nkyɛn. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’ 5 Sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhu sɛ odiyifoɔ bi tenaa wɔn mu.+ Wɔyɛ atuatefoɔ.*+

6 “Nanso onipa ba, nsuro wɔn,+ na wɔn nsɛm nso, nsuro. Ɛwom, nnipa a wɔasene wɔn kɔn ne nkasɛɛ*+ atwa wo ho ahyia, na wo ne nyanyankyerɛ na ɛteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm,+ na mmɔ hu wɔ wɔn anim;+ wɔyɛ atuatefoɔ. 7 Sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, wo deɛ, ka m’asɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.+

8 “Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ wo yi. Nyɛ wo ho otuatefoɔ te sɛ atuatefoɔ yi. Bue w’anom na we deɛ mede rema wo yi.”+

9 Berɛ a mehwɛeɛ no, mehuu sɛ nsa bi atene wɔ m’anim,+ na ɛkura nwoma mmobɔeɛ*+ a wɔatwerɛ mu. 10 Berɛ a ɔtrɛɛ mu wɔ m’anim no, mehuu sɛ wɔatwerɛ animu ne akyire nyinaa.+ Deɛ na wɔatwerɛ wom no yɛ awerɛhoɔ nnwom* ne abooboo ne esu.+

3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, we* deɛ wohunu yi. We nwoma mmobɔeɛ yi na kɔkasa kyerɛ Israel fie.”+

2 Enti mebuee m’anom, na ɔmaa mewee nwoma mmobɔeɛ no. 3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, nwoma mmobɔeɛ a mede rema wo yi, we na ɛnhyɛ wo yafunu ma.” Enti meweeɛ, na ɛyɛɛ m’anom dɛdɛɛdɛ te sɛ ɛwoɔ.+

4 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, kɔ Israel fie kɔka m’anom asɛm kyerɛ wɔn. 5 Wɔn a meresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no, ɛnyɛ ɔman a wɔka pɔtɔ kasa anaa kasa a wonteɛ, na mmom Israel fie. 6 Ɛnyɛ aman pii a wɔka pɔtɔ kasa anaa kasa foforɔ a wonte aseɛ nkyɛn na meresoma wo akɔ. Sɛ wɔn nkyɛn na mesomaa wo a, anka wɔbɛtie wo.+ 7 Nanso Israel fie deɛ, wɔrentie wo, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me.+ Israel fie nyinaa yɛ asobrakyeɛ na wɔn akoma yɛ den.+ 8 Hwɛ, mama w’anim ayɛ den te sɛ wɔn anim, na wo moma so ayɛ den te sɛ wɔn moma so.+ 9 Mama wo moma so ayɛ sɛ dɛnkyɛmmoɔ, na ayɛ den sene ɛboɔ.*+ Nsuro wɔn na mmɔ hu wɔn anim;+ wɔyɛ atuatefoɔ.”*

10 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, ma nsɛm a mereka akyerɛ wo no nyinaa nna w’akoma so na tie. 11 Kɔ wo manfoɔ* a wɔatu wɔn afiri wɔn asaase so+ no nkyɛn kɔkasa kyerɛ wɔn. Sɛ wɔtie oo, wɔantie oo,+ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’”

12 Afei honhom bi maa me so,+ na metee sɛ nne bi rebobom wɔ m’akyi sɛ: “Animuonyam ne ayeyie nka Yehowa wɔ ne tenabea.” 13 Na metee ateasefoɔ* no ntaban a ɛretwitwi ho no nnyegyeeɛ,+ ntwahonan a ɛwɔ nkyɛn no nnyegyeeɛ,+ ne mmobɔmu kɛseɛ bi. 14 Honhom no maa me so kɔe; merekɔ no medii yea, na me bo fuu wɔ me mu,* na Yehowa nsa sɔɔ me mu dendeenden. 15 Enti mekɔɔ atukɔfoɔ a wɔtete Asubɔnten Kebar ho+ no nkyɛn wɔ Tel-Abib. Baabi a wɔteɛ no, metenaa wɔn mu nnanson; ná mayɛ bɔmm.+

16 Nnanson no awieeɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:

17 “Onipa ba, mede wo ayɛ Israel fie wɛmfoɔ,+ enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.+ 18 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ, ‘Owuo na wobɛwuo,’ na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefoɔ no amma no annyae ne bɔne na wannya nkwa+ a, ɔbɛwu ne bɔne mu ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbɔnefoɔ,+ nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo hɔ.*+ 19 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ kɔkɔ na wamfiri n’amumuyɛ ho ne ne kwammɔne so a, ɔbɛwu ne bɔne mu, na wo deɛ, wobɛgye wo ho* nkwa.+ 20 Nanso sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne* a, mede suntidua bɛto n’anim na ɔbɛwu.+ Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, ne bɔne nti ɔbɛwu, na wɔrenkae adetenenee a ɔyɛeɛ no, nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo hɔ.*+ 21 Na sɛ wobɔ ɔteneneeni kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ bɔne, na sɛ wanyɛ bɔne a, ɔbɛnya nkwa ɛfiri sɛ woabɔ no kɔkɔ,+ na wo nso wobɛgye wo ho* nkwa.”

22 Yehowa honhom* baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Sɔre kɔ asaasetraa no so, na me ne wo bɛkasa wɔ hɔ.” 23 Enti mesɔre kɔɔ asaasetraa no so; menkɔhwɛ a, Yehowa animuonyam nie!+ Ná ɛte sɛ animuonyam a mehuu no Asubɔnten Kebar ho+ no, na mede m’anim butuu fam. 24 Ɛnna honhom baa me mu, na ɛmaa megyinaa me nan so,+ na Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ:

“Kɔhyɛ wo fie na tom. 25 Na wo, onipa ba, wɔde nhoma bɛkyekyere wo, na worentumi mfiri adi nkɔ wɔn nkyɛn. 26 Na mɛma wo kɛtrɛma afam wo dodom na woatɔre mum, na worentumi nkasa nkyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ. 27 Nanso sɛ me ne wo kasa a, mɛbue w’ano na woaka akyerɛ wɔn+ sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’ Deɛ ɔbɛtie ntie,+ na deɛ ɔrentie no nnyae, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ.+

4 “Na wo, onipa ba, fa birikisi to w’anim na yɛ Yerusalem kuro no mfoni* gu so. 2 Ka kuro no hyem+ na to akoban* fa ho,+ gye ban wɔ ho na twa ho hyia,*+ na fa mfidie a wɔde dwiri afasuo twa ho hyia.+ 3 Fa dadeɛ apampaa yɛ sɛ fasuo si wo ne kuro no ntam na gyene w’ani hwɛ; ma no nyɛ kuro a wɔaka ahyem; ka kuro no hyem. Wei yɛ sɛnkyerɛnne ma Israel fie.+

4 “Afei da wo benkum so, na fa Israel fie bɔne soa.*+ Nna dodoɔ a wobɛda wo nkyɛnmu nyinaa, wobɛsoa wɔn bɔne. 5 Na mede mfeɛ a wɔde yɛɛ bɔne no bɛma wo; ɛbɛyɛ nnafua 390 ama wo,+ na wobɛsoa Israel fie bɔne. 6 Hwɛ di so pɛpɛɛpɛ.

“Ɛno akyi no, wobɛda hɔ ne mprenu so wɔ wo nifa so, na wobɛsoa Yuda fie bɔne+ nnafua 40. Mede da koro biara ayɛ afe ama wo. 7 Afei dane w’ani kyerɛ Yerusalem a woaka ahyem no,+ na yi w’abasa ho na hyɛ nkɔm tia kuro no.

8 “Hwɛ, mede ahoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a worentumi nnane wo ho mfiri ɛfã baako nkɔ ɛfã foforɔ, kɔsi sɛ nna a wode bɛka ahyem no bɛba awieeɛ.

9 “Afei fa hwiit, baali,* apatram,* asɛdua, ayuo,* ne kɔkɔte* gu adeɛ baako mu, na fa yɛ paanoo, na di no nnafua 390+ a wode bɛda wo nkyɛnmu no nyinaa. 10 Wobɛkari aduane a wobɛdi, na da biara wobɛdi nnwetɛbena* 20. Wobɛdi no mmerɛ pɔtee bi mu.

11 “Nsuo a wobɛnom nso, wofa hin susutoa baako a, wobɛkyɛ mu nsia na woanom baako.* Wobɛnom no mmerɛ pɔtee bi mu.

12 “Wobɛdi paanoo no sɛdeɛ wɔdi baali paanoo a wɔabɔ no nkuruwankuruwa; nnipa tiafi a awo na wode bɛyɛ gya atõ no wɔn anim.” 13 Yehowa toaa so kaa sɛ: “Saa ara na Israelfoɔ bɛdi paanoo a ɛho nteɛ wɔ aman a mɛbɔ wɔn ahwete so no mu.”+

14 Afei mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wei deɛ ɛyɛ den. Ɛfiri me mmɔfraase bɛsi nnɛ menwee aboa funu anaa aboa a wɔatete ne mu mfa nguu me* ho fĩ da,+ na nam a ɛho nteɛ* biara nso nkaa m’ano da.”+

15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mate. Mede nantwibini asi nnipa tiafi ananmu ama wo sɛ tõ wo paanoo no wɔ so.” 16 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, merebɛma aduane ho ayɛ den* wɔ Yerusalem,+ na wɔde ahoyera kɛseɛ bɛdi aduane a wɔakari ama wɔn,+ na wɔde ehu anom nsuo a wɔasusu ama wɔn no.+ 17 Aduane* ne nsuo ho bɛyɛ den ara ma ahodwire nti, obiara bɛhwɛ ne yɔnko anim; wɔn bɔne nti wɔbɛtete pasaa.

5 “Na wo, onipa ba, fa sekan nnamnam yɛ yiwan yi wo tiri nwi ne w’abɔdwesɛ. Afei fa nsenia* kari nwi no na kyekyɛ mu. 2 Sɛ nna a wode bɛka kuro no ahyem no ba awieeɛ+ a, kyɛ nwi no mu mmiɛnsa na hye emu baako wɔ kuro no mu. Baako nso, fa sekan twitwa no kuro no afã nyinaa.+ Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no nso, pete bi gu mframa mu, na mɛtwe sekan adi wɔn akyi.+

3 “Afei fa kakra na kyekyere no w’ataadeɛ ano. 4 Bio nso, san fa bi gu gya mu na hye. Egya bɛfiri wei mu atrɛ akɔ Israel fie nyinaa.+

5 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ne sɛ: ‘Yerusalem nie. Mede no asi amanaman mfimfini, na aman atwa ne ho nyinaa ahyia. 6 Nanso wasɔre atia m’atemmusɛm ne m’ahyɛdeɛ na wayɛ bɔne asene aman ne nkuro a atwa ne ho ahyia nyinaa,+ ɛfiri sɛ wapo m’atemmusɛm na wanni m’ahyɛdeɛ so.’

7 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ na mo ho yɛ ahomete sene aman a atwa mo ho ahyia, na moanni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so, na modii aman a atwa mo ho ahyia no atemmusɛm so nti,+ 8 deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Wo saa kuro yi, me ne wo wɔ asɛm,+ na mɛbu wo atɛn wɔ aman nyinaa anim.+ 9 Akyiwadeɛ a woayɛ yi nyinaa nti,+ mɛyɛ wo adeɛ a menyɛɛ bi da, na merenyɛ biribi saa bio.

10 “‘“Enti agyanom a wɔwɔ wo mu bɛwe wɔn mma,+ na mma awe wɔn agyanom, na mɛbu wo atɛn, na wɔn a wɔbɛka wɔ wo mu nso, mɛbɔ wɔn nyinaa ahwete baabiara.”’*+

11 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mete ase yi deɛ, ɛsiane sɛ me kronkronbea na wode w’abosom fĩ ne w’akyiwadeɛ nyinaa agu ho fĩ nti,+ me nso mɛpo* wo na merenhu wo mmɔbɔ, na me yam renhyehye me mma wo.+ 12 Nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛkunkum wo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako na ɛkɔm ahye wɔn ase. Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso bɛwuwu sekan ano+ atwa wo ho ahyia. Na baako a aka no nso, mɛbɔ wɔn ahwete baabiara* na matwe sekan adi wɔn akyi.+ 13 Afei m’abufuo to bɛtwa, na m’ani a abere wɔn so no bɛkɔ fam na me bo adwo.+ Na sɛ m’abufuo ba wɔn so wie a, wɔbɛhu sɛ me Yehowa na makasa, ɛfiri sɛ mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+

14 “‘Mɛma wɔasɛe wo pasaa na w’anim agu ase wɔ aman a atwa wo ho ahyia nyinaa ne obiara a ɔbɛtwam anim.+ 15 Aman a atwa wo ho ahyia no bɛgu w’anim ase na wɔatwa wo adapaa,+ na berɛ a mede abufuo abu wo atɛn na mede aniberɛ atwe w’aso no, wobɛyɛ sɛnnahɔ na amanaman no hu wo a, wɔn ho adwiri wɔn. Me Yehowa na maka.

16 “‘Mede ɛkɔm bɛba wɔn so te sɛ agyan a ɛyɛ hu de asɛe wɔn. Agyan a mede bɛba mo so no bɛsɛe mo.+ Mɛma aduane ho ayɛ den ama mo na ɛkɔm no ayɛ kɛse.*+ 17 Mɛsoma ɛkɔm ne mmoa bɔne abɛkunkum mo mma.+ Nsanyareɛ a ɛdi awuo ne mogya bɛbu afa mo so, na mɛtwe mo so sekan.+ Me Yehowa na maka.’”

6 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔ na hyɛ nkɔm tia wɔn. 3 Ka sɛ, ‘O Israel mmepɔ, montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm: Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnten ne nsubɔn nie: “Hwɛ! Mɛtwe mo so sekan, na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea.* 4 Wɔbɛbubu mo afɔrebukyia ne nneɛma a mode hye aduhwam no.+ Na mɛto mo nkurɔfoɔ a wɔawuwuo no agu mo abosom fĩ* anim.+ 5 Mɛto Israelfoɔ afunu agu wɔn abosom fĩ anim, na mɛbɔ mo nnompe apete mo afɔrebukyia ho nyinaa ahyia.+ 6 Nkuro a motete mu nyinaa wɔbɛsɛe no pasaa,+ na wɔbɛdwiri mo sorɔnsorɔmmea agu na ada mpan. Wɔbɛbubu mo afɔrebukyia no pasaa,+ wɔbɛsɛe mo abosom fĩ no, wɔbɛtwitwa nneɛma a mode hye aduhwam no agu, na wɔbɛsɛe mo nsa ano adwuma nyinaa. 7 Nnipa bɛwuwu mo mfimfini,+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.+

8 “‘“Nanso sɛ mobɔ hwete nsaase no nyinaa so a, mɛma mo mu bi adwane afiri sekan ano wɔ amanaman no mu.+ 9 Na nkurɔfoɔ a wɔanya wɔn tiri adidi mu no bɛkae me wɔ aman a wɔakye wɔn kɔ so no mu.+ Wɔbɛhu sɛ m’akoma abubu, ɛfiri sɛ wɔn akoma anni me nokorɛ* na atwe afiri me ho,+ na wɔde akɔnnɔ aniwa* dii wɔn abosom fĩ akyi.+ Nneɛma bɔne ne akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa bɛyɛ wɔn tan na wɔn ani awu.+ 10 Wɔbɛhu sɛ mene Yehowa, na mmusuo a mekaa sɛ mede bɛba wɔn so no, na ɛnyɛ ahunahuna kɛkɛ.”’+

11 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Israel fie amumuyɛdeɛ ne n’akyiwadeɛ nyinaa nti, bɔ wo nsam na fa wo nan pempem hɔ na di awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ sekan, ɛkɔm, ne nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛkunkum wɔn.+ 12 Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no, nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛkunkum wɔn; wɔn a wɔbɛn no, wɔbɛwuwu sekan ano; wɔn a wɔbɛfiri mu aka no, ɛkɔm bɛkunkum wɔn, na mɛhwie m’abufuo nyinaa agu wɔn so.+ 13 Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa+ berɛ a wɔn nkurɔfoɔ awuwu gu wɔn abosom fĩ ntam, wɔn afɔrebukyia ho nyinaa,+ nkokoɔ atenten nyinaa so, mmepɔ nyinaa so, ne nnua kusuu ne nnua akɛseɛ ase, faako a wɔbɔ afɔreɛ hwamhwam ma wɔn abosom fĩ nyinaa no.+ 14 Mɛtene me nsa wɔ wɔn so na mama asaase no asɛe pasaa, na wɔn tenabea nyinaa bɛsɛe asene ɛserɛ a ɛbɛn Dibla no. Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’”

7 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Wo, onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ Israel asaase nie: ‘Awieeɛ! Awieeɛ no aduru ama asaase no afanan nyinaa. 3 Afei w’awieeɛ aduru, na mɛhwie m’abufuo agu wo so; mɛbu wo atɛn sɛdeɛ w’akwan teɛ na mama woabu w’akyiwadeɛ nyinaa ho akonta. 4 Merenhu wo mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wo;+ mɛma w’akwan adane aba wo so, na mɛma woatwa wo ara w’akyiwadeɛ so aba,+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.’+

5 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mmusuo reba! Mmusuo soronko bi reba.+ 6 Awieeɛ bi nam kwan so; awieeɛ no bɛba; ɛbɛsɔre* aba wo so. Hwɛ, ɛreba. 7 Wo a wote asaase no so, aduru wo so.* Berɛ no reba, na da no abɛn.+ Ɛbɛyɛ gyegyeegye, na ɛrenyɛ mmepɔ so osebɔ.

8 “‘Ɛrenkyɛ koraa mɛma m’ani abere wo so,+ na mahwie m’abufuo nyinaa agu wo so;+ mɛbu wo atɛn sɛdeɛ w’akwan teɛ, na mama woabu w’akyiwadeɛ nyinaa ho akonta. 9 Merenhu wo mmɔbɔ, na me yam renhyehye me mma wo;+ mɛma w’akwan adane aba wo so na woatwa wo ara w’akyiwadeɛ so aba, na mobɛhu sɛ me Yehowa na mama me nsa so atia mo.+

10 “‘Hwɛ, ɛda no reba! Abɛn!+ Aduru wo so;* abaa no afefɛ na ahantan afifi. 11 Basabasayɛ anyini abɛyɛ amumuyɛ abaa.+ Wɔn ara oo, wɔn ahodeɛ oo, wɔn dɔm oo, wɔn animuonyam oo, emu biara renka. 12 Ɛberɛ no bɛso, na da no bɛduru. Mma deɛ ɔtɔ nnni ahurisie na deɛ ɔtɔn nso nnni awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ aba dɔm no nyinaa so.*+ 13 Sɛ deɛ ɔtɔn no nya ne tiri didi mu mpo a, ɔrentumi nsan nkɔ deɛ watɔn no ho, ɛfiri sɛ anisoadehunu no fa nnipa no nyinaa ho. Obiara rensan n’akyi, na wɔn bɔne nti obiara rentumi* nnye ne ho nkwa.

14 “‘Wɔahyɛn totorobɛnto+ na obiara asiesie ne ho, nanso obiara nni hɔ a ɔrekɔko, ɛfiri sɛ m’abufuhyeɛ aba nnipa no nyinaa so.+ 15 Afena* retwɛn wɔ abɔnten,+ na nsanyareɛ a ɛdi awuo ne ɛkɔm wɔ fie. Obiara a ɔwɔ afuo mu no, afena bɛku no, na wɔn a wɔwɔ kuro mu no, ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛmene wɔn.+ 16 Wɔn a wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu no bɛdwane akɔ mmepɔ so, na wɔbɛyɛ sɛ abɔn mu mmuruburo, na obiara bɔne nti, ɔbɛsi apini.+ 17 Wɔn nsa nyinaa bɛdwodwo, na nsuo bɛtene afa wɔn nkotodwe ho.*+ 18 Wɔbɛfirafira awerɛhoɔ ntoma*+ na wɔn ho apopo.* Wɔn nyinaa ani bɛwu na wɔn nyinaa tiri so apa.*+

19 “‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sika kɔkɔɔ bɛyɛ wɔn tan. Yehowa abufuo da no,+ wɔn dwetɛ anaa wɔn sika kɔkɔɔ rentumi nnye wɔn. Ɛremma wɔmmee* na wɔn yafunu renyɛ ma, ɛfiri sɛ ayɛ* suntidua a ɛma wɔyɛ bɔne. 20 Wɔn agudeɛ fɛfɛ no nti wɔayɛ ahantan, na wɔde ayɛ* akyiwadeɛ ahoni, kyerɛ sɛ, wɔn abosom fĩ no.+ Enti mɛma no adane atantanneɛ ama wɔn. 21 Mede bɛhyɛ* ahɔhoɔ nsa ama wɔafom, na mede ama asaase so nnebɔneyɛfoɔ ama wɔafa no sɛ nneɛma a wɔanya afiri ɛko mu, na wɔbɛgu ho fĩ.

22 “‘Mɛyi m’ani afiri wɔn so,+ na wɔbɛgu me hintabea* ho fĩ, na akorɔmfo-werɛmfoɔ bɛba abɛgu ho fĩ.+

23 “‘Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn* no,+ ɛfiri sɛ ntɛnkyea mogya ahyɛ asaase no so ma,+ na basabasayɛ nso ayɛ kuro no ma.+ 24 Mede aman no mu abɔnefoɔ bɛba+ ama wɔabɛfa wɔn afie;+ mɛma ahoɔdenfoɔ ahantan atu ayera na wɔn kronkronbea ho agu fĩ.+ 25 Sɛ wɔn ahoyera ba a, wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ nanso wɔrennya.+ 26 Mmusuo bɛdi mmusuo akyi, amanneɛbɔ bɛdi amanneɛbɔ akyi, na nnipa bɛhwehwɛ anisoadehunu afiri odiyifoɔ hɔ,+ nanso mmara* bɛbɔ ɔsɔfoɔ, na afotuo* abɔ mpanimfoɔ.+ 27 Ɔhene bɛdi awerɛhoɔ,+ na ɔberempɔn bɛfira ahoyera* na ehu bɛma asaase no sofoɔ nsa awoso. Me ne wɔn bɛdi sɛdeɛ wɔn akwan teɛ, na sɛdeɛ wɔabu atɛn no, saa ara na mɛbu wɔn atɛn, na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’”+

8 Afe a ɛtɔ so nsia, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so nnum a mete fie na Yuda mpanimfoɔ tete m’anim no, Awurade Tumfoɔ Yehowa honhom* baa me so wɔ hɔ. 2 Afei mehuu obi a ɔte sɛ gya; ɛfiri baabi a ayɛ sɛ n’asene reba fam no yɛ gya,+ na ɛfiri n’asene rekɔ soro nso mehuu biribi a ɛhyerɛn te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a adi afra.+ 3 Na ɔtenee biribi a ɛte sɛ nsa de sɔɔ me tiri nwi mu, na honhom bi maa me so wɔ Onyankopɔn anisoadehunu mu, na ɛde me faa asaase ne ɔsoro ntam kɔɔ Yerusalem kɔpuee ɛponkɛseɛ a ɛhwɛ atifi fam no ano; ɛno na ɛkɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini no.+ Ɛhɔ na na ninkuntwe bosom* a ɛma Onyankopɔn twe ninkunu no si.+ 4 Na mehuu Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ hɔ+ te sɛ deɛ mehuu no asaasetraa no so no.+

5 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, mesrɛ wo ma w’ani so hwɛ atifi fam.” Ɛnna memaa m’ani so hwɛɛ atifi fam, na mehuu ninkuntwe bosom* bi sɛ ɛsi afɔrebukyia no pono ano wɔ atifi fam. 6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu akyiwadeɛ akɛseɛ a Israel fie reyɛ wɔ ha?+ Nneɛma yi ama matwe me ho afiri me kronkronbea no ho kɔ akyirikyiri.+ Nanso wobɛhu akyiwadeɛ a ɛkyɛn wei koraa.”

7 Ɛnna ɔde me kɔɔ adihɔ pono no ano, na mehuu tokuro bi wɔ fasuo no mu. 8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, ma tokuro a ɛwɔ fasuo no mu nyɛ kɛseɛ.” Enti metuu fasuo no mu maa tokuro no yɛɛ kɛseɛ, na mehuu ɛpono bi wɔ hɔ. 9 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Kɔ mu kɔhwɛ akyiwadeɛ paa a wɔreyɛ wɔ hɔ.” 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehuu mmoa a wɔwea ne mmoa a wɔn ho yɛ nwunu+ nyinaa bi ne Israel fie abosom fĩ* nyinaa+ mfoni* wɔ fasuo no ho baabiara. 11 Ná Israel fie mpanimfoɔ 70 a Safan+ ba Yaasania ka wɔn ho gyinagyina fasuo no anim. Ná obiara kura adeɛ a wɔhye aduhwam wom, na na aduhwam no wisie reforo kɔ soro.+ 12 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ no reyɛ wɔ sum mu? Obiara hyɛ pia mu, baabi a n’abosom wɔ. Deɛ wɔka ne sɛ, ‘Yehowa nhu yɛn. Yehowa agya asaase no hɔ.’”+

13 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Wobɛhu akyiwadeɛ akɛseɛ a ɛkyɛn wei koraa a wɔreyɛ.” 14 Enti ɔde me kɔɔ Yehowa fie pono a ɛhwɛ atifi fam no ano, na mehuu sɛ mmaa bi tete hɔ resu onyame Tamus.

15 Na ɔka kyerɛɛ me bio sɛ: “Onipa ba, woahunu deɛ ɛrekɔ so? Wobɛhu akyiwadeɛ akɛseɛ a ɛkyɛn wei koraa.”+ 16 Enti ɔde me kɔɔ Yehowa fie adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no.+ Yehowa asɔrefie kwan ano, abrannaa no ne afɔrebukyia no ntam no, mehuu mmarima 25 a wɔn akyi kyerɛ Yehowa asɔrefie no na wɔn anim hwɛ apueeɛ fam sɛ wɔrekoto awia wɔ apueeɛ fam.+

17 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahunu deɛ ɛrekɔ so? Ɛyɛ ade ketewa sɛ Yuda fie bɛyɛ akyiwadeɛ a wɔreyɛ wɔ ha yi? Wɔde amumuyɛ ahyɛ asaase no so ma+ na wɔrehyɛ me abufuo. Afei deɛ wɔde dubaa* no rebɛhyɛ me hwene mu. 18 Me nso, me ne wɔn bɛdi no abufuo so. Merenhu wɔn mmɔbɔ,+ na me yam renhyehye me mma wɔn. Sɛ wɔsu teateam gu m’asom mpo a, merentie wɔn.”+

9 Afei ɔteaam dendeenden wɔ m’asom sɛ: “Frɛ wɔn a wɔde atemmuo reba kuro no so no sɛ obiara mfa ne dadeɛ a ɔde bɛsɛe adeɛ nkura ne nsam mmra!”

2 Atifi ponkɛseɛ+ a ɛhwɛ atifi fam no, mehuu mmarima nsia sɛ wɔfiri kwan a ɛda hɔ no so reba. Ná wɔn mu biara kura dadeɛ a ɔde bɛsɛe adeɛ, na na ɔbarima baako ka wɔn ho a ɔhyɛ nwera ataadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa* bɔ n’asene; wɔbɛgyinagyinaa kɔbere afɔrebukyia no ho.+

3 Ɛnna Israel Nyankopɔn animuonyam+ a ɛwɔ kerubim so no firii baabi a ɛwɔ no baa efie no pono ano,+ na Onyankopɔn teaam frɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no. 4 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Sene fa Yerusalem kuro no abɔnten so, na wɔn a wɔresi apini na wɔredi abooboo+ wɔ akyiwadeɛ a wɔreyɛ no hɔ nyinaa ho no,+ hyɛ wɔn moma so agyinaeɛ.”

5 Metee sɛ ɔreka akyerɛ wɔn a aka no sɛ: “Monni n’akyi mfa kuro no mu na monkunkum wɔn. Monnhu obiara mmɔbɔ, na mommma mo yam nnhyehye mo mmma wɔn.+ 6 Nkɔkoraa oo, mmeranteɛ oo, mmaabunu oo, mmɔfra oo, mmaa oo, monkunkum wɔn nyinaa.+ Na obiara a wɔahyɛ no agyinaeɛ no deɛ, mommmɛn no.+ Momfiri aseɛ mfiri me kronkronbea hɔ.”+ Enti wɔfirii aseɛ wɔ mpanimfoɔ a wɔwɔ asɔredan no anim no so.+ 7 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mongu asɔredan no ho fĩ na monkunkum nnipa nhyɛ adihɔ hɔ ma.+ Monkɔ!” Ɛnna wɔfirii adi kɔkunkum nnipa wɔ kuro no mu.

8 Berɛ a wɔrekunkum nnipa no, ɛkaa me nko ara, na mede m’anim butuu fam teaam sɛ: “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Enti wobɛhwie w’abufuo agu Yerusalem so asɛe Israelfoɔ a aka nyinaa?”+

9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Israel fie ne Yuda bɔne so papaapa.+ Mogyahwieguo ahyɛ asaase no so ma,+ na porɔeɛ ahyɛ kuro no ma.+ Deɛ wɔka ne sɛ, ‘Yehowa agya asaase no hɔ, na Yehowa nhunu deɛ ɛrekɔ so.’+ 10 Enti me nso merenhu obiara mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wɔn.+ Mɛma wɔn nneyɛɛ ho nsunsuansoɔ aba wɔn tiri so.”

11 Afei mehuu ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataadeɛ a toa bɔ n’asene no sɛ ɔrebɔ amanneɛ sɛ: “Mayɛ sɛdeɛ wokaeɛ no pɛpɛɛpɛ.”

10 Berɛ a megu so rehwɛ no, mehuu biribi te sɛ hoaboɔ wɔ bamma a ɛwɔ kerubim no atifi no so, na na ayɛ sɛ ahennwa.+ 2 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataadeɛ+ no sɛ: “Wura ntwahonan no mu,+ na kɔ kerubim no ase kɔyi nnyasramma+ wo nsa ma mmienu firi kerubim no mfimfini na to gu kuro no so.”+ Na mehuu sɛ ɔkɔ hɔ.

3 Berɛ a ɔbarima no kɔɔ hɔ no, na kerubim no gyinagyina asɔredan no nifa so, na na mununkum ahyɛ adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no ma. 4 Afei Yehowa animuonyam+ maa ne ho so firii kerubim no so kɔɔ asɔredan no pono ano, na nkakrankakra mununkum hyɛɛ asɔredan no ma,+ na Yehowa animuonyam hyerɛn adihɔ hɔ nyinaa. 5 Sɛ obi wɔ asɔredan no adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no a, ɔte kerubim no ntaban nnyegyeeɛ te sɛ deɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn na ɔrekasa.+

6 Afei ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataadeɛ no sɛ: “Yi gya firi ntwahonan no ntam wɔ kerubim no mfimfini.” Ɛnna ɔkɔɔ hɔ kɔgyinaa ntwahonan no ho. 7 Na kerubim no baako tenee ne nsa yii gya a ɛwɔ kerubim+ no ntam no bi de bɛguu ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataadeɛ+ no nsa mmienu nyinaa mu, na ɔno nso de kɔeɛ. 8 Ná kerubim no biara wɔ biribi te sɛ nnipa nsa wɔ ne ntaban ase.+

9 Megu so rehwɛ no, mehuu ntwahonan nnan wɔ kerubim no ho; ntwahonan baako wɔ kerubim biara nkyɛn, na ntwahonan no hyerɛn te sɛ sikabereɛboɔ.+ 10 Ná nnan no nyinaa di nsɛ, na na ɛreyɛ akɔyɛ sɛ ntwahonan a ntwahonan foforɔ hyɛ mu. 11 Sɛ ebiara rekɔ a, ɛtumi kɔ afã nnan no nyinaa, nanso ɛnnane ne ho. Faako a anim* no kyerɛ no, ɛhɔ na ɛkɔ. Ɛrekɔ a, ɛnnane ne ho. 12 Ná aniwa tuatua wɔn ho baabiara, wɔn akyi, wɔn nsa, wɔn ntaban, ne ntwahonan no ho. Ná aniwa tuatua ntwahonan nnan no ho nyinaa hyia.+ 13 Ntwahonan no deɛ, metee nne bi sɛ ɛreka sɛ, “Ntwahonan, twa wo ho!”

14 Wɔn mu biara* wɔ anim nnan. Deɛ ɛdi kan yɛ kerubim anim, deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ onipa* anim, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ gyata anim, na deɛ ɛtɔ so nnan yɛ ɔkɔdeɛ anim.+

15 Ná kerubim no tumi mema wɔn ho so; wɔn ara ne ateasefoɔ* a mehuu wɔn* wɔ Asubɔnten Kebar ho+ no. 16 Baabiara a kerubim no bɛkɔ no, ntwahonan no nso di wɔn nkyɛn kɔ bi; na sɛ kerubim no ma wɔn ntaban so pagya wɔn ho firi asaase so a, ntwahonan no nnane ne ho na ɛntwe ne ho.+ 17 Sɛ wɔgyina a, na agyina; na sɛ wɔma wɔn ho so a, na ɛno nso ama ne ho so, ɛfiri sɛ honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ateasefoɔ no so* no, ɛno ara bi na ɛwɔ ntwahonan no mu.

18 Ɛnna Yehowa animuonyam+ firii asɔredan no pono ano kɔsii kerubim no so.+ 19 Megu so rehwɛ no, mehuu sɛ kerubim no amema wɔn ntaban so apagya wɔn ho afiri asaase so. Berɛ a wɔrekɔ no, na ntwahonan no di wɔn nkyɛnmu. Wɔkɔgyinaa Yehowa fie pono a ɛwɔ apueeɛ fam no ano, na na Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ wɔn atifi.+

20 Berɛ a mewɔ Asubɔnten Kebar ho+ no, weinom ne ateasefoɔ a mehuu* sɛ Israel Nyankopɔn ahennwa wɔ wɔn atifi no; mehuu sɛ wɔyɛ kerubim. 21 Ná baanan yi mu biara wɔ anim nnan ne ntaban nnan, na biribi te sɛ onipa nsa wɔ wɔn ntaban ase.+ 22 Ná wɔn anim te sɛ anim a mehunuu no Asubɔnten Kebar ho+ no pɛpɛɛpɛ. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee.+

11 Na honhom bi maa me so de me kɔɔ Yehowa fie pono a ani kyerɛ apueeɛ fam no ano.+ Mehuu mmarima 25 wɔ ɛpono no ano; ná Asor ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia a wɔyɛ ɔman no mu mpanimfoɔ+ ka wɔn ho. 2 Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, mmarima yi na wɔbɔ pɔ bɔne na wɔtu fo bɔne wɔ kuro yi mu no.* 3 Wɔka sɛ, ‘Ɛnyɛ adansie berɛ nie anaa?+ Kuro yi ne dadesɛn* no,+ na yɛn ne nam no.’

4 “Enti hyɛ nkɔm tia wɔn. Onipa ba, hyɛ nkɔm.”+

5 Afei Yehowa honhom baa me so,+ na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ka sɛ, ‘Yehowa asɛm nie: “Israel fie, deɛ moaka no yɛ nokorɛ, na menim adwene a moredwene. 6 Moama nnipa pii awuwu wɔ kuro yi mu, na mode afunu ahyɛ ne mmɔnten so ma.”’”+ 7 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Afunu a mode apete kuro yi mu no, wɔn ne nam no, na kuro no ne dadesɛn no;+ na mo nso wɔbɛyi mo afiri mu.’”

8 “‘Mosuro sekan,+ nanso sekan na mede bɛba mo so,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 9 ‘Mɛyi mo afiri kuro yi mu de mo ahyɛ ananafoɔ nsa, na mɛbu mo atɛn.+ 10 Wɔde sekan bɛkunkum mo.+ Mɛbu mo atɛn wɔ Israel hyeɛ so,+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.+ 11 Kuro yi renyɛ sɛ dadesɛn mmɔ mo ho ban, na mo nso morenyɛ sɛ nam wɔ mu. Na mɛbu mo atɛn wɔ Israel hyeɛ so, 12 na mobɛhu sɛ mene Yehowa, ɛfiri sɛ moanni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so,+ na mmom aman a atwa mo ho ahyia no atemmusɛm so na modiiɛ.’”+

13 Berɛ a mehyɛɛ nkɔm no wieeɛ ara na Benaia ba Pelatia wuiɛ, na mede m’anim butuu fam de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Enti worebɛhye Israelfoɔ a aka yi nyinaa ase?”+

14 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 15 “Onipa ba, Yerusalemfoɔ aka akyerɛ wo nuanom, wo nuanom a wɔwɔ hokwan sɛ wɔsan gye agyapadeɛ, ne Israel fie nyinaa sɛ, ‘Montwe mo ho mfiri Yehowa ho nkɔ akyirikyiri. Asaase no yɛ yɛn dea; ɛyɛ agyapadeɛ a wɔde ama yɛn.’ 16 Enti ka sɛ, ‘Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: “Ɛwom sɛ mayi wɔn kɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri so, na mabɔ wɔn ahwete nsaase no so+ deɛ, nanso mɛyɛ sɛ tenabea kronkron ama wɔn berɛ tiaa bi wɔ nsaase a wɔakɔ so no so.”’+

17 “Enti ka sɛ, ‘Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: “Mɛyi mo afiri aman no mu nso na maboaboa mo ano afiri nsaase a moahwete kɔ so no so, na mede Israel asaase bɛma mo.+ 18 Na wɔbɛsan aba hɔ abɛyi akyiwadeɛ ne abofonodeɛ no nyinaa afiri hɔ.+ 19 Na mɛma wɔayɛ baako*+ na mede honhom foforɔ ahyɛ wɔn mu;+ mɛyi akoma a ɛte sɛ ɛboɔ no afiri wɔn nipadua mu+ na mama wɔn akoma a ɛyɛ mmerɛ;*+ 20 ɛno bɛma wɔadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so. Wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.”’

21 “‘“Na wɔn a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔde wɔn akoma bɛdi wɔn akyiwadeɛ ne wɔn abofonodeɛ akyi no deɛ, mɛma wɔn akwan ho nsunsuansoɔ aba wɔn tiri so,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’”

22 Afei kerubim no memaa wɔn ntaban so berɛ a ntwahonan no di wɔn nkyɛnmu+ no, na na Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ wɔn atifi.+ 23 Ɛnna Yehowa animuonyam+ maa ne ho so firii kuro no mu kɔsii bepɔ a ɛwɔ kuro no apueeɛ fam+ no so. 24 Afei honhom bi maa me so wɔ Onyankopɔn honhom anisoadehunu mu de me baa wɔn a wɔatu wɔn afiri wɔn man mu no nkyɛn wɔ Kaldea. Ɛnna anisoadehunu a menyaeɛ no firii m’ani so. 25 Na mekaa deɛ Yehowa maa mehunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ atukɔfoɔ no.

12 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, wote atuatefoɔ mu.* Wɔwɔ ani nanso wɔnhunu adeɛ, wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ.+ 3 Na wo, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano na yɛ sɛ deɛ woretu akɔ obi man so. Tu firi baabi a wote kɔ baabi foforɔ; kɔ awiaberɛ ma wɔnhu wo. Wɔyɛ atuatefoɔ deɛ, nanso ebia wɔbɛte aseɛ. 4 Fa wo nneɛma no firi adi awiaberɛ te sɛ deɛ woretu akɔ ɔman foforɔ so ma wɔnhunu, nanso kɔ anwummerɛ; yɛ sɛ deɛ wɔretu wo akɔ ɔman foforɔ so.+

5 “Tu dan no ho tokuro na fa wo nneɛma no fa mu pue+ ma wɔnhu wo. 6 Fa nneɛma no to wo kɔn ho na firi adi berɛ a esum aduru ma wɔnhunu. Kata w’anim na woanhu fam, ɛfiri sɛ mede wo reyɛ sɛnkyerɛnne ama Israel fie.”+

7 Ɛnna meyɛɛ deɛ ɔka kyerɛɛ me no pɛpɛɛpɛ. Awiaberɛ mu na mede me nneɛma firii adi te sɛ deɛ meretu akɔ obi man so; ɛduruu anwummerɛ no, mede me nsa tuu dan no ho tokuro. Afei esum duruiɛ no mede nneɛma no firii adi; mede too me kɔn ho maa wɔhunuiɛ.

8 Ɛduruu anɔpa no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Onipa ba, enti Israelfoɔ a wɔyɛ atuatefoɔ no ammisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ 10 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Atemmusɛm yi fa Yerusalem ɔberempɔn+ ne Israel fiefoɔ a wɔwɔ kuro no mu nyinaa ho.”’

11 “Ka sɛ, ‘Meyɛ sɛnkyerɛnne ma mo.+ Deɛ mayɛ yi, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wɔbɛtu wɔn ase akɔ; wɔbɛkye wɔn akɔ obi man so.+ 12 Ɔberempɔn a ɔwɔ wɔn mu de ne nneɛma bɛto ne kɔn ho afiri adi anadwo. Ɔbɛtu dan ho tokuro na ɔde ne nneɛma no afa mu apue.+ Ɔbɛkata n’anim na wanhu fam.’ 13 Mɛtrɛ m’atena mu agu ne so, na m’atena bɛyi no.+ Afei mede no bɛkɔ Babilon, Kaldeafoɔ asaase so, nanso ɔrenhunu; ɛhɔ na ɔbɛwu.+ 14 Wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa, n’aboafoɔ ne n’asraafoɔ nyinaa, mɛbɔ wɔn ahwete baabiara+ na matwe sekan adi wɔn akyi.+ 15 Sɛ mebɔ wɔn pete aman so na mehwete wɔn kɔ nsaase no so a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa. 16 Afena,* ɛkɔm, ne nsanyareɛ a ɛdi awuo a ɛbɛba no, mɛma mmarima kakra afiri mu aka, na wɔatumi aka wɔn abofonodeɛ no nyinaa ho asɛm wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu, na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.”

17 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, fa ahopopoɔ di w’aduane,* na fa ahohia ne ahoyera nom wo nsuo.+ 19 Ka kyerɛ asaase no sofoɔ sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ wɔn a wɔte Yerusalem wɔ Israel asaase so nie: “Wɔde ahoyera bɛdi wɔn aduane* na wɔde ehu anom wɔn nsuo. Wɔn a wɔte asaase no so nyinaa amumuyɛ nti,+ wɔn asaase no bɛda mpan.+ 20 Wɔbɛsɛe nkuro a wɔtete mu no pasaa na asaase no adane amamfo,+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.”’”+

21 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 22 “Onipa ba, akasabebuo bɛn na ɛyɛ a wɔka wɔ Israel sɛ, ‘Adeɛ kye na adeɛ asa, nanso anisoadehunu biara mma mu’?+ 23 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛma wɔagyae akasabebuo yi ka, na wɔremmu saa bɛ no wɔ Israel bio.”’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nna no abɛn,+ na anisoadehunu biara bɛba mu.’ 24 Na anisoadehunu anaa nkɔmhyɛ biara a ɛnyɛ nokorɛ* rentena Israel fie bio.+ 25 ‘“Na me Yehowa, mɛkasa. Deɛ mɛka biara bɛyɛ hɔ; ɛrenka akyi.+ Atuatefoɔ, mo berɛ so+ na mɛkasa, na mɛyɛ nso,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’”

26 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 27 “Onipa ba, Israelfoɔ* rekeka sɛ, ‘N’anisoadehunu no nyɛ nnɛ ne ɔkyena asɛm, na ne nkɔmhyɛ no fa berɛ a ɛwɔ akyirikyiri ho.’+ 28 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “‘M’asɛm biara renka akyire. Deɛ mɛka biara bɛyɛ hɔ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’”

13 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ Israel adiyifoɔ no ho nkɔm,+ na ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim* hyɛ nkɔm+ no sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm. 3 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Adiyifoɔ nkwaseafoɔ no nnue! Wɔn na wɔdi wɔn ara wɔn honhom akyi berɛ a wɔnhunuu hwee.+ 4 O Israel, w’adiyifoɔ ayɛ sɛ sakraman a wɔte amamfo so. 5 Fasuo a abubuo no, morentumi nkɔgyina ho nsan nto mma Israel fie+ na ɛko ba Yehowa da+ no a, Israel atumi agyina.” 6 “Wɔnya anisoadehunu a ɛnyɛ nokorɛ, na wɔhyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ ka sɛ, ‘Yehowa se,’ berɛ a Yehowa nsomaa wɔn, na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn asɛm no bɛba mu.+ 7 Sɛ moka sɛ ‘Yehowa se,’ berɛ a menkaa hwee a, ɛnyɛ atorɔ anisoadeɛ na mohunu yi, na ɛnyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ na mohyɛ?”’

8 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “‘Ɛsiane sɛ moka nkontomposɛm na mo anisoadehunu yɛ atorɔ nti, me ne mo wɔ asɛm,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”+ 9 Me nsa bɛba adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu yɛ atorɔ na wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ+ no so. Meremfa wɔn nka wɔn a me ne wɔn di atirimusɛm no ho, na wɔn din nso remma Israel fie twerɛtohɔ mu; na wɔrensan mma Israel asaase so; na mobɛhu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.+ 10 Deɛ enti a ɛbɛba saa ne sɛ wɔadaadaa me man ama wɔafom kwan; wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ wɔ hɔ!” berɛ a asomdwoeɛ biara nni hɔ.+ Wɔde adehunu biara to fasuo a, na ebinom nso aka ho akaadoo.’*+

11 “Ka kyerɛ wɔn a wɔka ho akaadoo no sɛ ɛbɛdwiri agu. Nsuo bɛtɔ ayiri, asukɔtweaa bɛtɔ, na ahum akɛseɛ bɛma no abubu.+ 12 Sɛ fasuo no dwiri gu a, nkurɔfoɔ bɛbisa mo sɛ, ‘Ɛho akaadoo no wɔ he?’+

13 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘M’aniberɛ mu mɛma ahum akɛseɛ atu, m’abufuo mu mɛma nsuo atɔ ayiri asram so, na m’abufuhyeɛ mu mɛma asukɔtweaa atɔ asɛe adeɛ. 14 Mɛdwiri fasuo a moaka ho akaadoo no agu fam na ne fapem ho ada hɔ. Sɛ kuro no hwe ase a, mo ase bɛtɔre wɔ mu, na mobɛhu sɛ mene Yehowa.’

15 “‘Sɛ mehwie m’abufuo nyinaa gu fasuo no ne wɔn a wɔkaa ho akaadoo no so a, mɛka akyerɛ mo sɛ: “Fasuo no nni hɔ bio, na wɔn a wɔkaa ho no nso nni hɔ bio.+ 16 Israel adiyifoɔ no nni hɔ bio; wɔn na wɔhyɛ nkɔm ma Yerusalem na wɔnya anisoadehunu sɛ asomdwoeɛ wɔ hɔ berɛ a asomdwoeɛ nni hɔ no,”’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

17 “Na wo, onipa ba, fa w’ani si wo man mma mmaa a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no so, na hyɛ wɔn ho nkɔm. 18 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Awurade Tumfoɔ Yehowa se: “Monnue, mmaa a mopam nneɛma ma nkurɔfoɔ de bobɔ wɔn nsa* na moyɛ nkataanimu ma etire nketewa ne akɛseɛ sɛ mode bɛsum nkurɔfoɔ* fidie! Berɛ a mosum me nkurɔfoɔ* fidie no, mo deɛ, morebɔ mmɔden sɛ mobɛgye mo ho* nkwa anaa? 19 Baali* nsa ma ne paanoo sini nti mobɛgu me ho fĩ+ wɔ me man anim? Mo nkontomposɛm a me man tie nti, mokunkum wɔn* a ɛmfata sɛ wɔwu, na mokora wɔn* a ɛnsɛ sɛ wɔtena ase so.”’+

20 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mmaa, mɛsɔre atia adeɛ a mopam bobɔ nkurɔfoɔ nsa de sum wɔn fidie te sɛ nnomaa no, na mɛtete afiri mo nsa ama nnipa* a moayi wɔn sɛ nnomaa no afa wɔn ho adi. 21 Mɛtete mo nkataanimu no mu na magye me man afiri mo nsam, na morennya wɔn nyi wɔn bio. Na mobɛhu sɛ mene Yehowa.+ 22 Mode mo nnaadaasɛm no ama ɔteneneeni akoma aboto+ berɛ a menhyɛɛ no awerɛhoɔ,* na moahyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ nsam den+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrentwe ne ho mfiri ne kwammɔne ho na wanya nkwa.+ 23 Enti mmaa, morennya atorɔ anisoadehunu bio, na morenhyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ nso bio;+ mɛgye me man afiri mo nsam, na mobɛhu sɛ mene Yehowa.’”

14 Na Israel mpanimfoɔ no bi baa me nkyɛn na wɔbɛtenaa m’anim.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 3 “Onipa ba, mmarima yi asi wɔn bo sɛ wɔbɛdi wɔn abosom fĩ* no akyi, na suntidua a wɔde ato hɔ no ama nkurɔfoɔ reyɛ bɔne. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ metie wɔn abisadeɛ?+ 4 Afei wo ne wɔn nkasa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ Israelni bi asi ne bo sɛ ɔbɛdi n’abosom fĩ akyi na ɔde suntidua to hɔ ma nkurɔfoɔ yɛ bɔne na sɛ ɔde n’abisadeɛ bɛto odiyifoɔ anim a, me Yehowa, mɛbua no sɛdeɛ n’abosom fĩ no dodoɔ teɛ. 5 Mede ehu bɛhyɛ Israel fie akoma mu,* ɛfiri sɛ wɔn nyinaa awae afiri me ho akɔdi wɔn abosom fĩ no akyi.”’+

6 “Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Monsan mmra, montwe mo ho mfiri mo abosom fĩ no ho; monnane mo ho mfiri akyiwadeɛ a moreyɛ no nyinaa ho.+ 7 Sɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte Israel twe ne ho firi me ho na ɔsi ne bo sɛ ɔbɛdi n’abosom fĩ akyi, na ɔde suntidua to hɔ ma nkurɔfoɔ yɛ bɔne na sɛ ɔba odiyifoɔ nkyɛn de n’abisadeɛ bɛto n’anim+ a, me Yehowa, me ara mɛyi n’ano. 8 Mɛma m’ani asa saa onipa no, na mede no bɛyɛ sɛnnahɔ ne akasabebuo, na mɛtwa no afiri me nkurɔfoɔ mu;+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.”’

9 “‘Na sɛ odiyifoɔ no ka nnaadaasɛm bi a, me Yehowa na madaadaa odiyifoɔ no;+ na mɛtene me nsa wɔ ne so na masɛe no pasaa afiri me man Israel mu. 10 Na wɔn bɔne ho nsunsuansoɔ bɛba wɔn tiri so. Ɔdebisafoɔ no bɔne bɛyɛ te sɛ odiyifoɔ no bɔne pɛpɛɛpɛ, 11 na Israel fie ammane amfiri m’akyi na wɔamfa wɔn nneɛma bɔne nyinaa angu wɔn ho fĩ bio. Afei wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

12 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 13 “Onipa ba, sɛ asaase bi anni nokorɛ na ɛyɛ me bɔne a, mɛtene me nsa wɔ so na mama aduane ho ayɛ den ama no;*+ mɛma ɛkɔm aba so+ na matwa onipa ne aboa biara afiri so.”+ 14 “‘Sɛ Noa,+ Daniel,+ ne Hiob+ mpo wɔ kuro no mu a, anka mmarima mmiɛnsa yi nko ara na wɔn tenenee nti wɔbɛgye wɔn ho* nkwa,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

15 “‘Sɛ mema mmoa bɔne bɛfa asaase no so kunkum ɛso nnipa* ma no dane amamfo na mmoa bɔne no nti obiara ntwam mfa hɔ+ a, 16 mete ase yi, mmarima mmiɛnsa yi mpo wɔ hɔ a, anka wɔrentumi nnye wɔn mma mmarima anaa wɔn mma mmaa; wɔn nko ara na wɔbɛgye wɔn ho nkwa, na asaase no bɛdane amamfo,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

17 “‘Anaa sɛ metwe asaase no so sekan,+ na meka sɛ: “Sekan mmɛfa asaase no so,” na mekunkum nnipa ne mmoa firi so+ a, 18 mete ase yi, mmarima mmiɛnsa yi mpo wɔ hɔ a, anka wɔrentumi nnye wɔn mma mmarima anaa wɔn mma mmaa; wɔn nko ara na wɔn tenenee nti wɔbɛgye wɔn ho nkwa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

19 “‘Na sɛ mede nsanyareɛ a ɛdi awuo ba asaase no so+ na mehwie m’abufuo gu so ma mogya hwie gu, na metwa onipa ne aboa biara firi so, 20 na sɛ Noa,+ Daniel,+ ne Hiob+ mpo wɔ hɔ a, mete ase yi, anka wɔrentumi nnye wɔn mma mmarima anaa wɔn mma mmaa; wɔn nko ara na wɔn tenenee nti wɔbɛgye wɔn ho* nkwa,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

21 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Saa ara na ɛbɛba berɛ a mede asotwe nnan* yi,+ afena,* ɛkɔm, mmoa bɔne, ne nsanyareɛ a ɛdi awuo+ aba Yerusalem so de atwa nnipa ne mmoa afiri so no.+ 22 Nanso ebinom bɛnya wɔn tiri adidi mu na wɔde wɔn afiri adi;+ wɔyɛ mma mmarima ne mma mmaa. Wɔbɛba mo nkyɛn, na sɛ mohu wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ a, mmusuo ne biribiara a mede baa Yerusalem so no, mo werɛ bɛkyekye wɔ ho.’”

23 “‘Sɛ mohu wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ a, mo werɛ bɛkyekye, na mobɛhu sɛ deɛ mede baa kuro no so no fata,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

15 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, deɛn na bobe dua de kyɛn kwaeɛ mu dua foforɔ biara anaa ne mman? 3 Wɔbɛtumi atwa dua no bi de ayɛ biribi? Anaa wɔbɛtumi de nkyɛnsee asensɛn so? 4 Hwɛ, wɔde gu gya mu ma no hye. Egya no hye anoano ma mfimfini no nso hye. Afei, ɛdeɛn na wobɛtumi de ayɛ? 5 Hwee nyɛɛ no mpo wode yɛ biribiara a ɛnyɛ yie, na kampɛsɛ egya aka no ama no ahye!”

6 “Enti Awurade Tumfoɔ Yehowa aka sɛ, ‘Sɛdeɛ mede bobe dua a ɛwɔ kwaeɛ mu ama gya sɛ ɛnhye no, saa ara na mɛyɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem.+ 7 Mede m’ani asi wɔn so. Wɔadwane afiri gya mu, nanso egya na ɛbɛhye wɔn. Na sɛ mede m’ani si wɔn so a, mobɛhu sɛ mene Yehowa.’”+

8 “‘Na mɛma asaase no ada mpan,+ ɛfiri sɛ wɔanni nokorɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

16 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, ma Yerusalem nhu akyiwadeɛ a ɔreyɛ.+ 3 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ Yerusalem nie: “W’ase firi Kaanan, na ɛhɔ na wɔwoo wo. Wo papa yɛ Amorini+ na wo maame yɛ Hitini.+ 4 W’awoɔ ho asɛm nie: Da a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, wɔamfa nsuo annware wo amma wo ho ante, wɔamfa nkyene ansrasra wo ho, na wɔamfa ntoma ankyekyere wo ho. 5 W’asɛm anyɛ obiara mmɔbɔ amma no anyɛ weinom mu biara amma wo. Obiara yam anhyehye no amma wo. Mmom wɔtoo wo twenee wuram, ɛfiri sɛ da a wɔwoo wo no, na obiara mpɛ w’asɛm.*

6 “‘“Berɛ a meretwam no, mehuu sɛ woda wo mogya mu repere. Woda wo mogya mu no, meka kyerɛɛ wo sɛ: ‘Nya nkwa!’ Ampa, woda wo mogya mu no, meka kyerɛɛ wo sɛ: ‘Nya nkwa!’ 7 Memaa w’ase trɛɛ pii sɛdeɛ afifideɛ fifi wɔ wuram. Wonyini yɛɛ kama na wode agudeɛ hyehyɛɛ wo ho fɛfɛɛfɛ. Wo nufo bobɔeɛ na wo nwi fu yɛɛ bebree; nanso saa berɛ no nyinaa, na woda adagya a wonhyɛ hwee.”’

8 “‘Berɛ a meretwam a mebɛtoo wo no, mehuu sɛ woaso awareɛ. Enti metrɛɛ m’ataadeɛ mu wɔ wo so+ de kataa w’adagya so, na mekaa ntam ne wo yɛɛ apam maa wobɛyɛɛ me dea,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 9 ‘Afei nso, mede nsuo dwaree wo hohoroo wo ho mogya no, na mede ngo sraa wo.+ 10 Mede nwentoma firaa wo, mehyɛɛ wo mpaboa a wɔde aboa nwoma* papa ayɛ, na mede nwera pa kyekyeree wo ho de ntoma a ne boɔ yɛ den kataa wo ho. 11 Mede agudeɛ siesiee wo; mede nkapo guu wo nsa na mede kɔnmuadeɛ guu wo kɔn mu. 12 Mesan de hwenem kawa hyɛɛ wo hwenem, mede asomuadeɛ hyɛɛ w’asom, na mede abotire fɛfɛ bɔɔ wo ti. 13 Wode sika kɔkɔɔ ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wode nwera pa, ntoma a ne boɔ yɛ den, ne nwentoma siesiee wo ho. Wodii esiam muhumuhu, ɛwoɔ, ne ngo, na wonyini bɛyɛɛ fɛfɛɛfɛ.+ Wofataa sɛ wɔsi wo hemmaa.’”*

14 “‘W’ahoɔfɛ nti, wo din trɛ kɔɔ amanaman mu,+ ɛfiri sɛ m’animuonyam a mede kataa wo so no maa w’ahoɔfɛ no dii mu,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

15 “‘Nanso wodii w’ahoɔfɛ akyi,+ na edin a wogyeeɛ nti wobɛyɛɛ tuutuuni,+ na wogyaa wo ho maa wɔn a wɔretwam nyinaa ne wo bɔɔ adwaman;+ w’ahoɔfɛ bɛyɛɛ wɔn dea. 16 Wofaa wo ntaadeɛ no bi na wode siesiee sorɔnsorɔmmea* maa no yɛɛ fɛ na wosii tuutuu wɔ hɔ;+ adeɛ a anka ɛnsɛ sɛ woyɛ anaa ɛsi koraa. 17 Afei agudeɛ fɛfɛ a memaa wo sika kɔkɔɔ ne dwetɛ maa wode yɛeɛ no, wode yeyɛɛ mmarima ahoni de bɔɔ adwaman.*+ 18 Wode wo nwentoma kataa wɔn* ho, na wode me ngo ne m’aduhwam maa wɔn.+ 19 Paanoo a wɔde esiam muhumuhu, ɛwoɔ, ne ngo ayɛ a mede maa wo sɛ di no, wo nso wode maa wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ hwamhwam.*+ Saa pɛpɛɛpɛ na ɛkɔɔ so,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

20 “‘Wofaa wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wowoo wɔn maa me no+ de wɔn bɔɔ afɔreɛ maa abosom.+ Adɛn, wommaa w’adwamammɔ yi nkɔɔ akyiri dodo? 21 Wokunkum me mma; wohyee wɔn wɔ gya mu* de wɔn bɔɔ afɔreɛ.+ 22 W’akyiwadeɛ ne w’adwamammɔ nyinaa mu, woankae wo mmɔfraberɛm; woankae berɛ a na woda adagya a wonhyɛ hwee ne berɛ a woperee wɔ wo mogya mu no. 23 Bɔne a woayɛ nyinaa nti, due, due,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 24 ‘Woyɛɛ kokoɔ na woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ mmɔnten so baabiara. 25 Woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ kwankyɛn baabiara a nnipa bɛhu, na wode wo ho* maa obiara a ɔretwam+ de guu w’ahoɔfɛ ho fĩ, na womaa w’adwamammɔ dɔɔso.+ 26 Wo ne Egypt,+ ɔman a ɛbɛn wo no mmarima a akɔnnɔ adonnɔn wɔn* no bɔɔ adwaman, na wode w’adwamammɔ dodoɔ hyɛɛ me abufuo. 27 Afei mɛtene me nsa aba wo so na mate w’aduane so,+ na mede wo bɛma Filistifoɔ mmaa a wɔtan wo+ a w’ahohwibra no maa wɔn ho dwirii wɔn no,+ na wɔayɛ wo deɛ wɔpɛ.*

28 “‘Wo ne Asiria+ mmarima nso bɔɔ adwaman ɛfiri sɛ wo ho ammae wo, na wo ne wɔn kɔɔ so bɔɔ adwaman nanso anso wo. 29 Enti wode wo tuutuu no kɔduruu adwadifoɔ* asaase so, ne Kaldeafoɔ+ mu; ɛno nso anso wo.’ 30 Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘Berɛ a woyɛɛ wei nyinaa te sɛ tuutuuni a watoto n’ani awe no,+ hwɛ sɛdeɛ na w’akoma asɛe!’* 31 ‘Nanso berɛ a woyɛɛ wo kokoɔ wɔ kwankyɛn baabiara a nnipa bɛhunu, na woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ mmɔnten so no, woanyɛ sɛ tuutuuni mpo, ɛfiri sɛ woannye akatua. 32 Woyɛ ɔbaa waresɛefoɔ a ɔfiri ne kunu akyi+ kɔfa ahɔhoɔ! 33 Tuutuufoɔ nyinaa, nkurɔfoɔ na ɛma wɔn akyɛdeɛ,+ nanso wo deɛ, wo na wokyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne wo bɔ adwaman no adeɛ,+ na wotua sika ma wɔn ma wɔfiri mmeaeɛ nyinaa ba wo nkyɛn ne wo bɛbɔ adwaman.+ 34 Wo tuutuusie nte sɛ tuutuufoɔ mmaa foforɔ, na ne sɛsoɔ nni hɔ, ɛfiri sɛ wonnye akatua biara; wo mmom na wotua nkurɔfoɔ ka. Wo nko ara wo deɛ yɛ soronko.’

35 “Enti tuutuuni,+ afei tie Yehowa asɛm. 36 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Woagyaa wo ho ama akɔnnɔ bɔne, na woayi w’adagya so ne w’adɔfoɔ ne w’abosom fĩ* tantan no nyinaa abɔ adwaman,+ na wode wo mma mogya abɔ afɔreɛ ama wɔn.+ 37 Enti mereboaboa w’adɔfoɔ a wogyee wɔn ani no nyinaa ano; wɔn a wodɔɔ wɔn ne wɔn a wotan wɔn nyinaa. Mɛboaboa wɔn ano afiri mmeaeɛ nyinaa aba wo so, na mɛyi w’adagya so ama wɔahu wo ho nyinaa.+

38 “‘Mede awaresɛefoɔ+ ne mmaa a wɔhwie mogya gu+ atemmuo bɛba wo so, na me ninkuntwe bɛma mede abufuo ahwie wo mogya agu.+ 39 Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa na wɔadwiri wo nkokoɔ ne wo sorɔnsorɔmmea agu,+ na wɔbɛyi wo ho ntaadeɛ+ ne w’agudeɛ fɛfɛ no,+ na wɔama woada adagya a wonhyɛ hwee. 40 Wɔbɛma dɔm bi aba wo so,+ na wɔbɛsi wo aboɔ+ na wɔde wɔn sekan akum wo.+ 41 Wɔde gya bɛhye w’afie+ na wɔabu wo atɛn wɔ mmaa pii anim; na mɛma woagyae tuutuu no sie,+ na worentua obiara ka bio. 42 Mɛyɛ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nyinaa ama me bo adwo+ na m’abufuo afiri wo so;+ mɛyɛ komm, na biribiara renha me bio.’

43 “‘Ɛsiane sɛ woankae wo mmɔfraberɛm+ na woyɛɛ weinom nyinaa de hyɛɛ me abufuo nti, mɛma wo nneyɛɛ ho nsunsuansoɔ aba wo ara wo so, na w’ahohwibra ne w’akyiwadeɛ no nso, wobɛgyae,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

44 “‘Hwɛ, obiara a ɔbu bɛ bɛka wo ho asɛm akasabebuo mu sɛ: “Sɛdeɛ maame teɛ no, saa ara na ne babaa nso teɛ!”+ 45 Wote sɛ wo maame; ɔno na ɔtan ne kunu ne ne mma. Wote sɛ wo nua mmaa nso; wɔn na wɔtan wɔn kununom ne wɔn mma. Ná wo maame yɛ Hitini na wo papa nso yɛ Amorini.’”+

46 “‘Wo nuabaa panin a ɔte w’atifi* ne Samaria;+ ɔne ne mma mmaa.*+ Na wo nuabaa kumaa a ɔte w’anaafoɔ* ne Sodom;+ ɔne ne mma mmaa.+ 47 Ɛnyɛ sɛ wofaa wɔn akwan so yɛɛ wɔn akyiwadeɛ no bi kɛkɛ, na mmom ɛyɛɛ kakra no, na woasɛe sene wɔn koraa wɔ w’akwan nyinaa mu.+ 48 Mete ase yi deɛ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘wo nuabaa Sodom ne ne mma mmaa nyɛɛ sɛdeɛ wo ne wo mma mmaa ayɛ yi. 49 Hwɛ, wo nuabaa Sodom bɔne nie: Ɔne ne mma mmaa+ nyinaa, na wɔyɛ ahantan.+ Ná aduane abu wɔn so+ na na wɔn ho adwo wɔn,+ nanso wɔammoa abrɛfoɔ ne ahiafoɔ.+ 50 Wɔkɔɔ so yɛɛ ahantan+ na wɔyɛɛ akyiwadeɛ wɔ m’anim,+ na ɛmaa meyii wɔn firii hɔ.+

51 “‘Samaria+ nso, bɔne a woyɛeɛ no wanyɛ mu fã mpo. Woyɛɛ akyiwadeɛ pii sene wɔn, na w’akyiwadeɛ dɔɔso ara ma wo nua mmaa bɛyɛɛ sɛ ateneneefoɔ.+ 52 Afei wobɛsoa w’animguaseɛ, ɛfiri sɛ wode wo nneyɛɛ ama wo nua mmaa adi bem. Ɛsiane sɛ woyɛɛ bɔne senee wɔn koraa nti, wɔyɛ ateneneefoɔ sene wo. Enti ma w’ani nwu na soa w’animguaseɛ ɛfiri sɛ woama wo nua mmaa abɛyɛ ateneneefoɔ.’

53 “‘Mɛboaboa wɔn nkurɔfoɔ a wɔkyee wɔn kɔeɛ no ano: Sodom ne ne mma mmaa nkurɔfoɔ a wɔkyee wɔn kɔeɛ ne Samaria ne ne mma mmaa nkurɔfoɔ a wɔkyee wɔn kɔeɛ no. Wo nkurɔfoɔ a wɔkyee wɔn kɔeɛ no nso, mɛboaboa wɔn ano,+ 54 na ɛbɛma woasoa w’animguaseɛ; deɛ woayɛ nyinaa nti w’anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ wokyekyee wɔn werɛ. 55 Wo nua mmaa, Sodom ne ne mma mmaa ne Samaria ne ne mma mmaa, bɛsan asi wɔn dada mu, na wo ne wo mma mmaa nso bɛsan asi mo dada mu.+ 56 Berɛ a womaa wo ho so no, na ɛyɛ wo aniwu sɛ wobɛka wo nuabaa Sodom ho asɛm 57 ansa na wo bɔne reda adi.+ Seesei Siria mma mmaa ne wɔn a wɔte bɛn no ne Filistifoɔ+ mma mmaa na wɔgu w’anim ase; wɔn a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa twa wo adapaa. 58 Wobɛsoa w’ahohwibra ne w’akyiwadeɛ ho nsunsuansoɔ,’ Yehowa asɛm nie.”

59 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Me ne wo bɛdi sɛdeɛ woayɛ no,+ ɛfiri sɛ wobuu m’apam so de buu ntam no animtia.+ 60 Nanso me deɛ, mɛkae apam a me ne wo yɛɛ no wo mmabaaberɛm no, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛrentwam da.+ 61 Sɛ wogye wo nua mmaa nkumaa ne mpanin ba wo nkyɛn a, wobɛkae wo suban na woafɛre,+ na mede wo nua mmaa no bɛma wo sɛ wo mma, nanso ɛnyɛ me ne wo apam ntira.’

62 “‘Afei me ara me ne wo bɛyɛ apam, na wobɛhu sɛ mene Yehowa. 63 Sɛ mepata ma wo wɔ deɛ woayɛ nyinaa ho+ a, wobɛkae na w’ani awu, na aniwuo no nti worentumi mmue w’ano,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

17 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ka akasabebuo* na bu bɛ fa Israel fie ho.+ 3 Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɔkɔdeɛ kɛseɛ+ bi a ɔwɔ ntaban akɛseɛ ne ntakra atenten a emu kɔla gu ahodoɔ baa Lebanon+ bɛbuu sida dua mman a ɛwɔ atifi+ no bi. 4 Ɔpan dua no mman a ɛwɔ ne nkɔnmu no de baa adwadifoɔ* asaase so, na ɔkɔduaa no adwadifoɔ kuro bi so.+ 5 Afei ɔfaa asaase no so aba no bi+ kɔduaa no asaase pa bi so. Ɔduaa no baabi a nsuo pii wɔ te sɛ nsuo ano dua. 6 Ɛfifiiɛ, na ɛnyini bɛyɛɛ bobe dua a ɛtene wɔ fam,+ ɛka buaeɛ, na ne nhini nyinii wɔ aseɛ. Afei ɛbɛyɛɛ bobe dua a afefɛ ayiyi nkorabata.+

7 “‘“Na ɔkɔdeɛ kɛseɛ+ foforɔ a ɔwɔ ntaban ne ntakra akɛseɛ+ bae. Ɛhɔ ara na bobe no firii ne nkofie so trɛɛ ne nhini mu kɔɔ ne nkyɛn, na ɛtrɛɛ ne nhaban mu kɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔngugu ne so nsuo.+ 8 Ná wɔadua no asaase pa so dada, faako a nsuo pii wɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛyiyi mman na aso aba, na anyini abɛyɛ bobe dua kɛseɛ.”’+

9 “Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Wohwɛ a, ɛbɛyɛ yie? Obi rentutu ne nhini+ mma ɛso aduaba mporɔ anaa?+ Deɛ afefɛ wɔ ho no nso, ɛrenwu anaa? Emu nsuo bɛtwe ara ama ɛrenhia nsa a ɛyɛ den anaa nnipa dodoɔ na wɔatumi atu aseɛ. 10 Ɛwom sɛ wɔtu kɔduaeɛ deɛ, nanso ɛbɛyɛ yie anaa? Sɛ apueeɛ mframa fa ho a, ɛrenwu? Nkofie a ɛfifii wɔ so no, ɛso na ɛbɛwuo.”’”

11 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 12 “Mesrɛ wo, bisa atuatefoɔ* no sɛ, ‘Monte wei ase anaa?’ Ka sɛ, ‘Hwɛ, Babilon hene baa Yerusalem bɛfaa ne hene ne ne mpanimfoɔ, na ɔde wɔn kɔɔ Babilon.+ 13 Afei ɔfaa adehyeɛ asefoɔ* no mu baako+ ne no yɛɛ apam na ɔmaa no kaa no ntam,+ na ɔfaa asaase no so atitire de wɔn kɔe,+ 14 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no bɛbrɛ ase, na antumi annyina ne nan so bio. Enti sɛ ɛbɛkɔ so atena hɔ a, gye sɛ ɛdi n’apam no so.+ 15 Nanso ɛwiee aseɛ no, ɔhene no tee atua tiaa no;+ ɔsoma kɔɔ Egypt sɛ wɔmma no apɔnkɔ+ ne asraafoɔdɔm kɛseɛ.+ Ɛbɛsi no yie anaa? Deɛ ɔyɛ wei no bɛfa ne ho adi? Ɔbɛtumi abu apam no so na wafa ne ho adi anaa?’+

16 “‘“Mete ase yi,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, “ɔbɛwu wɔ Babilon, faako a ɔhene* a ɔde no* tenaa ahennwa so teɛ no; ɔbuu ne ntam animtia na ɔbuu n’apam so.+ 17 Sɛ wɔgye ban na wɔto akoban* na ama wɔatumi akunkum nnipa* pii wɔ ɛko no mu a, Farao asraafoɔdɔm a wɔyɛ den na wɔdɔɔso no mpo rentumi nnye no.+ 18 Wabu ntam animtia na wabu apam so. Ɔhyɛɛ bɔ* deɛ, nanso wayɛ weinom nyinaa, na ɔremfa ne ho nni.”’

19 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mete ase yi, me ntam a ɔbuu no animtia+ ne m’apam a wabu so nti, mɛma ne nneyɛɛ so nsunsuansoɔ aba ne tiri so. 20 Nokorɛ a wanni me nti,+ mɛtrɛ m’atena mu agu ne so,+ na m’atena bɛyi no; mede no bɛkɔ Babilon na mabu no atɛn wɔ hɔ. 21 N’asraafoɔ a wɔbɛdwane no nyinaa bɛwuwu wɔ sekan ano, na wɔn a wɔbɛka no nso, wɔbɛbɔ wɔn ahwete baabiara.*+ Afei mobɛhu sɛ me Yehowa na maka.”’+

22 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛbu sida dua kokuroo no nkɔnmu a afefɛ no+ bi akɔdua; na mɛbu deɛ afefɛ no+ bi so akɔtɛ no bepɔ tenten kokuroo bi so.+ 23 Mɛdua no Israel bepɔ tenten bi so, na ɛbɛyiyi nkorabata na aso aba, na anyini abɛyɛ sida dua kɛseɛ. Nnomaa ahodoɔ nyinaa bi bɛba aseɛ, na wɔbɛtenatena ne nwunu ase. 24 Na wuram nnua nyinaa bɛhu sɛ me Yehowa na mabrɛ dua tenten no ase, na mama dua a ɛwɔ fam no so;+ mama dumono no awu, na mama duwuiɛ no afefɛ.+ Me Yehowa na maka, na mayɛ nso.”’”

18 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Ɛbɛ a mobu no Israel asaase so sɛ, ‘Agyanom di bobebunu, nanso mma na wɔn se fem’+ no, ɛkyerɛ sɛn?

3 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mete ase yi deɛ, morentumi mmu bɛ yi wɔ Israel bio. 4 Hwɛ, akra* nyinaa yɛ me dea. Sɛdeɛ agya kra wɔ me no, saa ara na ɔba nso kra wɔ me. Ɔkra* a ɔyɛ bɔne no, ɔno na ɔbɛwuo.

5 “‘Fa no sɛ ɔbarima bi yɛ ɔteneneeni a ɔdi asɛntenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene. 6 Ɔnni nneɛma a wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom wɔ bepɔ so,+ ɔmfa n’ani nto Israel fie abosom fĩ* so, ɔngu ne yɔnko yere ho fĩ,+ na ɔnkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho;+ 7 ɔntan obiara ani,+ na mmom ɔde adeɛ a ohiani de asi awowa san ma no,+ ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma,+ na mmom ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no,+ na deɛ ɔda adagya nso, ɔfira no ntoma;+ 8 ɔmmɔ bosea nnye nsiho anaa ɔmfa mpɛ mfaso bɔne,+ ɔnsisi obiara,+ na mmom sɛ obi ne ne yɔnko nya asɛm a, ɔbu atɛntenenee;+ 9 ɔkɔ so nante m’ahyɛdeɛ mu na ɔdi m’atemmusɛm so; ɔdi nokorɛ. Onipa a ɔte saa no yɛ ɔteneneeni; nkwa na ɔbɛnya,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

10 “‘Nanso fa no sɛ ne ba yɛ korɔmfo-werɛmfoɔ+ anaa wudini*+ anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi bi, 11 (nanso agya no deɛ, ɔnyɛ weinom biara bi)—ne ba no di nneɛma a wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom wɔ bepɔ so, ɔgu ne yɔnko yere ho fĩ, 12 ɔtan ɔbrɛfoɔ ne ohiani ani,+ ɔhwim nkurɔfoɔ nsam nneɛma, sɛ obi de biribi si awowa a, ɔnsan mfa mma no, ɔde n’ani to abosom fĩ so,+ ɔyɛ akyiwadeɛ,+ 13 ɔbɔ bosea gye nsiho anaa ɔde pɛ mfaso bɔne;+ ɛba saa a, ɛnneɛ ɔrennya nkwa. Ɛsiane sɛ wayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa bi nti, ku na wɔbɛku no. Ɔno ara ne mogya bɛbua ne tiri so.

14 “‘Afei, fa no sɛ obi nso wɔ ba a ɔhu ne papa bɔne nyinaa, nanso ɔnyɛ bi. 15 Ɔnyɛ obi a ɔdi nneɛma a wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom wɔ bepɔ so, ɔmfa n’ani nto Israel fie abosom fĩ so, na ɔngu ne yɔnko yere ho fĩ, 16 ɔntan obiara ani, ɔde adeɛ a ohiani de asi awowa san ma no, ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma, ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no, na deɛ ne ho da so nso, ɔfira no ntoma; 17 ɔnhyɛ ahiafoɔ so, ɔmmɔ bosea nnye nsiho anaa ɔmfa mpɛ mfaso bɔne, ɔdi m’atemmusɛm so na ɔnante m’ahyɛdeɛ mu. Onipa a ɔte saa no renwu wɔ ne papa bɔne ho. Nkwa na ɔbɛnya. 18 Ne papa deɛ, ɔsisii nkurɔfoɔ na ɔbɔɔ ne nua apoo hwim ne nneɛma, na deɛ ɛnyɛ na ɔyɛɛ wɔ ne man mu, enti ɔbɛwu ne bɔne mu.

19 “‘Nanso mobɛbisa sɛ: “Ɛdeɛn nti na ɔba no ansoa ne papa bɔne no bi?” Ɔba no deɛ, ɔdii asɛntenenee yɛɛ deɛ ɛtene, na ɔdii m’ahyɛdeɛ nyinaa so. Enti nkwa na ɔbɛnya.+ 20 Ɔkra* a ɔyɛ bɔne no, ɔno na ɔbɛwuo.+ Ɔba rensoa n’agya bɔne, na agya nso rensoa ne ba bɔne. Ɔteneneeni bɛnya ɔno ara ne tenenee so akatua, na ɔbɔnefoɔ nso bɛnya ɔno ara ne bɔne so akatua.+

21 “‘Sɛ ɔbɔnefoɔ twe ne ho firi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho bɛdi m’ahyɛdeɛ so, na ɔdi asɛntenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene a, nkwa na ɔbɛnya; ɔrenwu.+ 22 Bɔne a wayɛ atwam biara no, ɛho asodie renna ne so.*+ Adetenenee a wayɛ nti, ɔbɛnya nkwa.’+

23 “‘Deɛ mepɛ ne sɛ ɔbɔnefoɔ bɛwu anaa?+ Ɛnyɛ deɛ m’ani gye ho mmom ne sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri n’akwan ho na wanya nkwa?’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

24 “‘Nanso sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne, na ɔyɛ akyiwadeɛ a abɔnefoɔ yɛ no nyinaa bi a, ɔbɛnya nkwa anaa? Adetenenee a wayɛ no mu biara nni hɔ a wɔbɛkae.+ Nokorɛ a wanni ne ne bɔne nti, ɔbɛwu.+

25 “‘Na mobɛka sɛ: “Yehowa akwan ntene.”+ O Israel fie, mesrɛ mo, montie! Ɛyɛ me na m’akwan ntene?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan ntene?+

26 “‘Sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne na ɛno nti ɔwu a, ɔno ara ne bɔne na ama no awuo.

27 “‘Na sɛ ɔbɔnefoɔ twe ne ho firi ne kwammɔne ho bɛdi asɛntenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene a, ɔbɛgye ne ho* nkwa.+ 28 Sɛ n’ani ba ne ho so na ɔgyae ne bɔne nyinaa a, nkwa na ɔbɛnya; ɔrenwu.

29 “‘Nanso Israel fie bɛka sɛ: “Yehowa akwan ntene.” O Israel fie,+ ɛyɛ me na m’akwan ntene? Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan ntene?’

30 “‘Enti Israel fie, mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ n’akwan teɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. ‘Monsan, montwe mo ho koraa mfiri mo akwammɔne nyinaa ho, na mommma no nnyɛ suntidua mmma mo na asodie ammɛda mo so. 31 Montwe mo ho mfiri mo bɔne nyinaa ho,+ na monnya* akoma foforɔ ne honhom foforɔ.+ O Israel fie, adɛn nti na ɛsɛ sɛ mowuo?’+

32 “‘Ɛnyɛ deɛ mepɛ ne sɛ obi bɛwu.+ Enti monsakra na monnya nkwa,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

19 “Afei to Israel aberempɔn ho awerɛhoɔ dwom,* 2 na ka sɛ,

‘Wo maame te sɛn? Gyatabereɛ a ɔwɔ agyata mu.

Ná ɔda agyata* a wɔn ho yɛ den ntam; ɛhɔ na ɔyɛn ne mma.

 3 Ne mma a ɔyɛn wɔn no mu baako bɛyɛɛ gyata a ne ho yɛ den.+

Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete mmoa mu,

Na ɔkyee nnipa mpo weeɛ.

 4 Amanaman tee ne ho asɛm, na wɔkyee no wɔ wɔn amena mu,

Wɔde akɔtɔkorɔ twee no kɔɔ Egypt asaase so.+

 5 Ne maame twɛneeɛ, nanso ɔhuu sɛ anidasoɔ biara nni hɔ.

Enti ɔfaa ne ba foforɔ, na ɔyɛɛ no sɛ gyata a ne ho yɛ den.

 6 Afei ɔne agyata dii akɔneaba, na ɔbɛyɛɛ gyata a ne ho yɛ den.

Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete mmoa mu, na ɔwee nnipa mpo.+

 7 Ɔnantenantee wɔn abandenden ntam, na ɔsɛee wɔn nkuro pasaa;

Ɔde ne mmobɔmu+ hyɛɛ asaase a ada mpan no so ma.

 8 Na aman a ɛwɔ amantam no mu nyinaa de wɔn ani sii ne so, na wɔtoo wɔn atena guu ne so,

Wɔkyee no wɔ wɔn amena mu.

 9 Wɔde akɔtɔkorɔ twee no kɔhyɛɛ buo mu de no kɔmaa Babilon hene.

Na wɔde no siee hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrente ne nne wɔ Israel mmepɔ so bio.

10 Ná wo maame te sɛ bobe+ wɔ wo mogya mu,* na wɔduaa no nsuo ho.

Nsuo pii nti, ɛnyaa nkorabata bebree na ɛsoo aba.

11 Ɛbɛnyaa nkorabata a ɛyɛ den a wɔtumi de yɛ ahempoma.

Ɛnyini yɛɛ tenten senee nnua a aka,

Na ne tenten ne ne nhaban kuhaa nti, na obiara hunu.

12 Nanso wɔde abufuo tuu n’ase,+ na wɔtoo no twenee asaase so,

Na apueeɛ mframa hyee n’aba.

Ne nkorabata denden no, wɔbubuiɛ, ɛwoeɛ,+ na gya hyeeɛ.+

13 Afei wɔakɔdua no wɔ serɛ so,

Asaase kesee a nsuo nni so so.+

14 Egya firii ne nkorabata mu baeɛ, na ɛhyee deɛ afefɛ no ne n’aba nyinaa.

Afei, na ɛnni nkorabata a ɛyɛ den bio, na ɛnni ahempoma bio.+

“‘Ɛyɛ awerɛhoɔ dwom,* na ɛbɛkɔ so ayɛ awerɛhoɔ dwom.’”

20 Afei afe a ɛtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛtɔ so du no, Israel mpanimfoɔ bi bae sɛ wɔde wɔn abisadeɛ rebɛto Yehowa anim, na wɔbɛtenatenaa m’anim. 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 3 “Onipa ba, ka kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Moaba sɛ mode mo abisadeɛ rebɛto m’anim? ‘Mete ase yi deɛ, merentie mo abisadeɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’

4 “Worebɛdi wɔn asɛm anaa?* Onipa ba, worebɛdi wɔn asɛm? Ma wɔnhu akyiwadeɛ a wɔn agyanom yɛeɛ.+ 5 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Da a meyii Israel no,+ mekaa Yakob asefoɔ ntam* nso, na memaa wɔhuu me wɔ Egypt asaase so.+ Ampa, mekaa wɔn ntam sɛ, ‘Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’ 6 Saa da no, mekaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Egypt asaase so akɔ asaase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so.+ Ná ɛyɛ asaase a ɛyɛ fɛ* sene asaase biara. 7 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo mu biara nto akyiwadeɛ a ɔde n’ani asi so no ngu; mommfa Egypt abosom fĩ* no nngu mo ho fĩ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+

8 “‘“Nanso wɔtee me so atua, na wɔantie me. Wɔanto akyiwadeɛ a wɔde asi wɔn ani so no angu, na wɔannya Egypt abosom fĩ no.+ Enti mekaa sɛ mɛma m’ani abere wɔn so na mahwie m’abufuo nyinaa agu wɔn so wɔ Egypt asaase so. 9 Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a na wɔtete wɔn mu no+ anim nti na meyɛɛ saa, ɛfiri sɛ berɛ a meyii wɔn* firii Egypt asaase so no,+ memaa wɔhuu me wɔ aman yi anim. 10 Enti meyii wɔn firii Egypt asaase so de wɔn baa serɛ no so.+

11 “‘“Afei mede m’ahyɛdeɛ maa wɔn, na memaa wɔhuu m’atemmusɛm+ na ama onipa a ɔbɛdi so no anya nkwa.+ 12 Mede me home nna nso maa wɔn+ na ayɛ sɛnkyerɛnne wɔ me ne wɔn ntam,+ na wɔahu sɛ me Yehowa na merete wɔn ho.

13 “‘“Nanso Israel fie tee me so atua wɔ serɛ no so.+ Wɔanni m’ahyɛdeɛ so, na wɔpoo m’atemmusɛm a sɛ onipa di so a ɔbɛnya nkwa no. Me home nna nso, wɔguu ho fĩ pɔtɔɔ. Enti mekaa sɛ mɛhwie m’abufuo agu wɔn so wɔ serɛ no so, na masɛe wɔn pasaa.+ 14 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a wɔhuu sɛ meregye wɔn* no anim nti,+ manyɛ saa. 15 Afei nso, mekaa wɔn ntam wɔ serɛ no so sɛ meremfa wɔn nkɔ asaase a mede ama wɔn no so,+ asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no.+ Ɛyɛ asaase a ɛyɛ fɛ* sene asaase biara. 16 Deɛ wɔyɛeɛ ne sɛ wɔpoo m’atemmusɛm, wɔanni m’ahyɛdeɛ so, na me home nna no nso, wɔguu ho fĩ, ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma dii wɔn abosom fĩ no akyi.+

17 “‘“Nanso mehuu wɔn mmɔbɔ, enti mansɛe wɔn, na mantɔre wɔn ase wɔ serɛ no so. 18 Meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ serɛ no so+ sɛ, ‘Monnni mo agyanom ahyɛdeɛ ne wɔn atemmusɛm so,+ na mommfa wɔn abosom fĩ no nngu mo ho fĩ. 19 Mene Yehowa mo Nyankopɔn. Monni m’ahyɛdeɛ so na monkora m’atemmusɛm so na momfa mmɔ mo bra.+ 20 Me home nna nso, monte ho+ na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne wɔ me ne mo ntam na moahu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+

21 “‘“Nanso wɔn mma tee me so atua.+ Wɔanni m’ahyɛdeɛ so, na m’atemmusɛm a sɛ onipa di so a ɔbɛnya nkwa no, wɔanni so. Wɔguu me home nna ho fĩ. Enti mekaa sɛ mɛma m’ani abere wɔn so na mahwie m’abufuo nyinaa agu wɔn so wɔ serɛ no so.+ 22 Nanso me din nti+ metwe saneeɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a wɔhuu sɛ meregye wɔn* no anim. 23 Afei mekaa wɔn ntam wɔ serɛ no so sɛ mɛbɔ wɔn apete aman so na mahwete wɔn akɔ nsaase so,+ 24 ɛfiri sɛ wɔanni m’atemmusɛm so, na wɔpoo m’ahyɛdeɛ,+ na me home nna nso, wɔguu ho fĩ; na wɔdii wɔn agyanom abosom fĩ no akyi.*+ 25 Me nso megyaa wɔn maa wɔdii ahyɛdeɛ a ɛnyɛ ne atemmusɛm a ɛremma wɔnnya nkwa akyi.+ 26 Memaa wɔn ankasa afɔrebɔdeɛ guu wɔn ho fĩ berɛ a wɔhyee abakan biara wɔ gya mu* no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsɛe wɔn, na wɔahu sɛ mene Yehowa.”’

27 “Enti onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Saa ara na mo agyanom nso anni me nokorɛ; wɔkaa abususɛm tiaa me. 28 Mede wɔn baa asaase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn no so.+ Nanso sɛ wɔhu kokoɔ a ɛkorɔn ne dua kusuu biara+ a, na wɔafiri aseɛ rebɔ afɔreɛ wɔ hɔ. Wɔde wɔn afɔrebɔdeɛ baa hɔ de hyɛɛ me abufuo, na wɔbɔɔ afɔreɛ hwamhwam* guu nsã wɔ hɔ. 29 Enti mebisaa wɔn sɛ, ‘Sorɔnsorɔmmea* hɔ a mokɔ yi nso ɛ? (Wɔda so frɛ no Sorɔnsorɔmmea de bɛsi nnɛ.)’”’+

30 “Afei ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Enti moregu mo ho fĩ sɛdeɛ mo agyanom guu wɔn ho fĩ na wɔne wɔn abosom fĩ no bɔɔ adwaman no anaa?+ 31 Enti moahye mo mma wɔ gya mu de wɔn abɔ afɔreɛ ama mo abosom fĩ nyinaa abɛsi nnɛ de agu mo ho fĩ?+ O Israel fie, wei nyinaa akyi no, mopɛ sɛ metie mo abisadeɛ?”’+

“‘Mete ase yi deɛ, merentie mo abisadeɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 32 ‘Deɛ ɛwɔ mo adwenem* no remma mu da. Moka sɛ: “Momma yɛnyɛ sɛ amanaman no, yɛnyɛ sɛ asaase no so mmusua, na yɛnsom nnua ne aboɔ.”’”+

33 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘Mete ase yi, nsa a ɛyɛ den, basa a emu atene, ne abufuhyeɛ na mede bɛdi mo so hene.+ 34 Mɛyi mo afiri aman hodoɔ mu na maboaboa mo ano afiri nsaase a wɔabɔ mo ahwete so no so. Mede nsa a ɛyɛ den, basa a emu atene, ne abufuhyeɛ na ɛbɛyɛ wei.+ 35 Mede mo bɛba amanaman no serɛ so, na ɛhɔ na me ne mo bɛdi asɛm, animu ne animu.+

36 “‘Sɛdeɛ me ne mo agyanom dii asɛm wɔ Egypt serɛ so no, saa ara na me ne mo bɛdi asɛm,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 37 ‘Mɛma moafa odwanhwɛfoɔ poma ase+ na mama apam no akyekyere mo.* 38 Nanso mɛpra wɔn a wɔsɔre tia me ne wɔn a wɔto me mmara no afiri mo mu.+ Na mɛyi wɔn afiri ananafoɔ asaase so, nanso wɔremma Israel asaase so,+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.’

39 “Enti Israel fie, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mo mu biara nkɔsom n’abosom fĩ.+ Ɛno akyi no, sɛ moantie me a, morentumi mfa mo abosom fĩ ne mo afɔrebɔdeɛ no ngu me din kronkron no ho fĩ bio.’+

40 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Me bepɔ kronkron so, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so+ na Israel fie nyinaa bɛsom me; wɔn nyinaa bɛsom me wɔ asaase no so.+ Ɛhɔ na mɛgye wɔn atom, na mɛbisa mo ntoboa ne mo afɔrebɔdeɛ mu deɛ ɛdi kan, mo nneɛma kronkron nyinaa.+ 41 Afɔreɛ hwamhwam* no nti, mɛgye mo atom. Mɛyɛ wei berɛ a mayi mo afiri aman hodoɔ so na maboaboa mo ano afiri nsaase a wɔabɔ mo ahwete so no so,+ na mobɛma me din ho ate aman anim.’+

42 “‘Na sɛ mede mo bɛduru Israel asaase+ a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no so a, mobɛhu sɛ mene Yehowa.+ 43 Ɛhɔ na mobɛkae mo suban ne deɛ moyɛ de guu mo ho fĩ nyinaa,+ na nneɛma bɔne a moayɛ nyinaa nti, mobɛfɛre.+ 44 Israel fie, ɛnyɛ mo subammɔne anaa mo nneyɛɛ fĩ no nti na me ne mo bɛdi na mmom me din ntira,+ na ama moahu sɛ mene Yehowa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

45 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 46 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ anaafoɔ fam na bɔ dawuro kyerɛ anaafoɔ fam, na hyɛ anaafoɔ fam kwaeɛ ho nkɔm. 47 Ka kyerɛ anaafoɔ fam kwaeɛ sɛ, ‘Tie Yehowa asɛm. Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mede gya bɛto wo mu+ ama no ahye dumono ne duwuiɛ biara a ɛwɔ wo mu. Gyaframa no rennum,+ na ɛfiri anaafoɔ kɔsi atifi, obiara anim* bɛhye. 48 Na ɔhonam nyinaa* bɛhu sɛ me Yehowa na mede gya too mu, na ɛrennum.”’”+

49 Ɛnna mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Asɛm a wɔreka fa me ho ne sɛ, ‘Ɛnyɛ akasabebuo nko ara na ɔka?’”*

21 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Yerusalem, na ka nsɛm gu kronkronbea no so, na hyɛ nkɔm tia Israel asaase. 3 Ka kyerɛ Israel asaase sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me ne wo wɔ asɛm, na mɛtwe me sekan afiri ne bɔha* mu+ na matwa ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ nyinaa afiri wo so. 4 Ɛsiane sɛ mɛtwa ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ afiri wo so nti, mɛtwe me sekan afiri ne bɔha mu aba ɔhonam* nyinaa so, firi anaafoɔ kɔsi atifi. 5 Na nnipa nyinaa bɛhu sɛ, me Yehowa na matwe me sekan afiri ne bɔha mu. Ɛrensan nkɔ ne bɔha mu bio.”’+

6 “Onipa ba, fa ahopopoɔ* si apini. Fa awerɛhoɔ si apini wɔ wɔn anim.+ 7 Sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn nti na woresi apini?’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Amanneɛbɔ bi ntira.’ Na ɛbɛba mu, na ehu nti akoma nyinaa bɛnane, nsa nyinaa bɛdwodwo, honhom nyinaa bɛboto, na nsuo bɛtene afa nkotodwe nyinaa ho.*+ ‘Hwɛ, ɛbɛba mu ɛkwan biara so; ɛbɛba mu,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

8 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Ka sɛ, ‘Sekan!+ Wɔase sekan ano, na wɔatwi ho. 10 Wɔase ano sɛ ɛnkunkum nnipa pii; wɔatwi ho ama no twa yerɛyerɛ.’”’”

“Ɛnsɛ sɛ yɛdi ahurisie anaa?”

“‘Ɛbɛpo* me ara me ba ahempoma,+ sɛdeɛ ɛpo dua biara no anaa?

11 “‘Wɔde ama sɛ wɔntwi ho na wɔmfa nsa nkura mu. Wɔase sekan yi ano, na wɔatwi ho sɛ wɔmfa nhyɛ ɔbrafoɔ* nsam.+

12 “‘Onipa ba, su na twa adwo,+ ɛfiri sɛ wɔatwe sekan wɔ me man so; wɔatwe no Israel aberempɔn nyinaa so.+ Wɔde sekan bɛkum wɔne me man nyinaa. Enti di awerɛhoɔ na bɔ wo srɛ ho. 13 Wɔasɔ ahwɛ,+ na sɛ sekan no po ahempoma no a, ɛdeɛn na ɛbɛsi? Ɛrenkɔ so* ntena hɔ bio,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

14 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam, na ka no mprɛnsa sɛ ‘Sekan!’ ‘Sekan!’ ‘Sekan!’ Ɛyɛ nnipa a wɔakunkum wɔn no sekan, nnipa pii a wɔakunkum wɔn no sekan na atwa wɔn ho ahyia.+ 15 Ehu bɛma wɔn akoma anane,+ na wɔn mu pii bɛwuwu wɔ wɔn kuro apono ano; mede sekan bɛkunkum wɔn. Ampa, ɛho retwa yerɛyerɛ, na wɔatwi ho sɛ ɛnkunkum nnipa! 16 Sekan, twa kɔ nifa! Na twa kɔ benkum! Baabiara a wɔde w’ani bɛkyerɛ biara, twa kɔ hɔ! 17 Afei mɛbɔ me nsam na m’abufuo ano abrɛ ase.+ Me, Yehowa, na maka.”

18 Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 19 “Onipa ba, yɛ akwan mmienu na Babilon hene sekan mfa so mmra. Ma mmienu no nyinaa mfiri asaase baako so, na yɛ akyerɛkyerɛkwan* fa si nkuro mmienu no nkwanta so. 20 Siesie ɛkwan baako ma sekan no nkɔ Ammonfoɔ kuro Raba mu,+ na baako nso nkɔ Yerusalem kuro a wɔabɔ ho ban no mu+ wɔ Yuda. 21 Babilon hene gyina nkwanta no so, akwan mmienu no nkwanta so, sɛ ɔrebisa n’anyame. Ɔwoso agyan no. Ɔbisa n’ahoni* deɛ ɔnyɛ; ɔhwehwɛ aboa berɛboɔ mu.* 22 Ɔhwɛɛ ne nsa nifa mu huu sɛ ɛsɛ sɛ ɔde n’ani kyerɛ Yerusalem. Ɛkyerɛɛ no sɛ ɔnhyehyɛ mfidie a wɔde dwiri afasuo, ɔnka sɛ wɔnkunkum wɔn, ɔnhyɛn ɛko totorobɛnto, ɔnhyehyɛ mfidie a wɔde bɛdwiri kuro no apono agu, ɔnnye ho ban nhyia na ɔnto akoban.*+ 23 Na ɛbɛyɛ wɔn* a wɔaka ntam akyerɛ wɔn*+ no ani so sɛ nkɔmhyɛ no yɛ atorɔ. Nanso ɔbɛkae wɔn bɔne na wakye wɔn.+

24 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Moama mo mmarato ho ada hɔ ama wɔahu mo bɔne wɔ biribiara mu, enti wɔakae mo bɔne. Seesei a wɔakae mo no, wɔbɛkye mo* akɔ.’

25 “Israel ɔberempɔn mumuyɛfoɔ a woapira pira a ɛde wo bɛkɔ wuo mu,+ wo berɛ aso, berɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwe w’aso korakora no aduru. 26 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Yi abotire no na tu ahenkyɛ no.+ Ɛrenyɛ sɛdeɛ ɛteɛ no bio.+ Deɛ abrɛ ase no, ma so;+ na deɛ ɛwɔ soro no, brɛ no ase.+ 27 Ɔsɛeɛ, ɔsɛeɛ, ɔsɛeɛ na mede bɛba so. Ɛrenyɛ obiara dea kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba,+ na mede bɛma no.’+

28 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka afa Ammonfoɔ ne wɔn adapaatwa ho nie.’ Ka sɛ, ‘Sekan! Wɔatwe sekan a wɔde bɛkum; wɔatwi ho sɛ ɛnni nam na ɛho ntwa yerɛyerɛ. 29 Wɔka anisoadehunu a ɛnyɛ nokorɛ, na wɔhyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ kyerɛ wo, nanso wɔde wo bɛto wɔn a wɔakunkum wɔn a wɔsum hɔ no* so. Wɔyɛ abɔnefoɔ a wɔn berɛ aso, na berɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn aso korakora no aduru. 30 San fa hyɛ ne bɔha mu. Faako a wɔbɔɔ wo, asaase a wɔwoo wo wɔ so no so na mɛbu wo atɛn. 31 Mɛhwie m’abufuo agu wo so. Mɛbɔ m’aniberɛ gya mu agu wo so, na nnipa a wɔn tirim yɛ den a wɔn adwuma ne sɛ wɔsɛe adeɛ no, mede wo bɛhyɛ wɔn nsa.+ 32 Wɔde wo bɛsɔ gya;+ wɔbɛhwie wo mogya agu asaase no so, na wɔrenkae wo bio, ɛfiri sɛ me, Yehowa, na maka.’”

22 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Na wo, onipa ba, woayɛ krado sɛ wobɛka atemmusɛm* akyerɛ kuro a ɛka mogya gu no,+ na ama wahu n’akyiwadeɛ nyinaa anaa?+ 3 Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Kuro a wohwie mogya gu+ a w’awieeɛ reba,+ kuro a ɛyeyɛ abosom fĩ* de gu ne ho fĩ,+ 4 mogya a wohwie guiɛ no ama woadi fɔ,+ na w’abosom fĩ no ama wo ho agu fĩ.+ Woama wo nna abɛn, na wo mfeɛ aba awieeɛ. Ɛno nti, mɛma w’anim agu ase amanaman anim na nsaase nyinaa adi wo ho fɛ.+ 5 Nsaase a ɛbɛn wo ne deɛ ɛwɔ akyirikyiri nyinaa bɛdi wo ho fɛ,+ wo a wo din ho agu fĩ na basabasayɛ ahyɛ wo ma. 6 Hwɛ! Israel mpanimfoɔ a wɔwɔ wo mu no, wɔn mu biara de tumi a ɔwɔ no hwie mogya gu.+ 7 Wo mu na wɔbu agya ne ɛna animtia.+ Wɔsisi ɔhɔhoɔ, na wɔteetee agyanka ne okunafoɔ.”’”+

8 “‘Wobu me kronkronbea animtia, na wogu me home nna ho fĩ.+ 9 Nnipa a wɔsɛe nkurɔfoɔ din a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya gu ahyɛ wo ma.+ Wɔdi nnuane a wɔde bɔ afɔreɛ ma abosom wɔ wo mmepɔ so, na wɔbɔ ahohwibra wɔ wo mu.+ 10 Wo nkurɔfoɔ ne wɔn papa yere da,*+ na ɔbaa a wayɛ bra a ne ho nteɛ na wɔne no da.+ 11 Ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ akyiwadeɛ wɔ wo mu.+ Ɔfoforɔ nso ne ɔno ara n’asebaa* bɔ ahohwibra de gu ne ho fĩ,+ na ɔbarima ne ne nuabaa da, ɔno ara ne papa ba.+ 12 Nkurɔfoɔ gye adanmudeɛ* hwie mogya gu wɔ wo mu.+ Woma bosea gye nsiho+ anaa wode pɛ mfaso bɔne, na wobɔ wo mfɛfoɔ apoo.+ Ampa, wo werɛ afi me koraa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

13 “‘Hwɛ! Wo mfaso bɔne ne mogyahwieguo a ɛwɔ wo mu nti, mabɔ me nsam agu wo so. 14 Ɛda a mɛba wo so no, wobɛkɔ so ara anya akokoɔduro* na wo nsam akɔ so ayɛ den anaa?+ Me, Yehowa, na maka, na mɛyɛ nso. 15 Mɛbɔ wo ahwete aman so, na mama woahwete akɔ nsaase so,+ na mɛma woagyae ɔbra fĩ* no nyinaa.+ 16 W’anim bɛgu ase wɔ amanaman anim, na wobɛhu sɛ mene Yehowa.’”+

17 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, Israel fie ayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ wɔ m’ani so. Wɔn nyinaa yɛ kɔbere ne sanyaa* ne dadeɛ ne sumpii* wɔ fononoo mu. Wɔayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ.+

19 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ mo nyinaa moayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ nti,+ mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem kuro no mu. 20 Sɛdeɛ wɔboa dwetɛ ne kɔbere ne dadeɛ ne sumpii ne sanyaa ano gu fononoo mu, na wɔhu gya no mu ma no nane no, saa ara na mɛboaboa wɔn ano wɔ m’abufuo ne m’aniberɛ mu, na mɛhu gya no mu ama moanane.+ 21 Mɛboaboa mo ano na mahu m’abufuo gya agu mo so,+ na mobɛnane wɔ kuro no mu.+ 22 Sɛdeɛ dwetɛ nane wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnane wɔ kuro no mu; na mobɛhu sɛ me, Yehowa, na mahwie m’abufuo agu mo so.’”

23 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 24 “Onipa ba, ka kyerɛ no sɛ, ‘Woyɛ asaase a wɔrente ho na nsuo rentɔ ngu so abufuo da. 25 N’adiyifoɔ abɔ pɔ bɔne wɔ kuro no mu+ te sɛ gyata a ɔbobom tete hanam mu.+ Wɔmemene nnipa.* Wɔgye nkurɔfoɔ ademudeɛ ne wɔn agudeɛ firi wɔn nsam. Wɔama akunafoɔ adɔɔso wɔ kuro no mu. 26 N’asɔfoɔ bu me mmara so,+ na wɔkɔ so gu me kronkronbea ho fĩ.+ Wɔmma nkurɔfoɔ nhunu nsonsonoeɛ a ɛda nneɛma a ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam.+ Na wɔmma nkurɔfoɔ nhunu deɛ ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ.+ Wɔbu wɔn ani gu me home nna so, na wɔgu me ho fĩ wɔ wɔn mu. 27 Ne mu mpanimfoɔ te sɛ mpataku a wɔtete hanam mu; wɔhwie mogya gu, na wɔkum nnipa* de pɛ mfaso bɔne.+ 28 Nanso n’adiyifoɔ de akaadoo asra wɔn nneyɛɛ so. Wɔnya anisoadehunu a ɛnyɛ nokorɛ, wɔhyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ,+ na wɔka sɛ: “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie,” berɛ a Yehowa nkaa hwee. 29 Ɔman no mufoɔ bɔ nkurɔfoɔ apoo na wɔwia wɔn nneɛma,+ wɔteetee ɔbrɛfoɔ ne ohiani, wɔbɔ ɔhɔhoɔ apoo na wɔmma no nnya atɛntenenee.’

30 “‘Mehwɛɛ sɛ mɛnya ɔbarima bi wɔ wɔn mu a ɔbɛgyina kuro no ananmu asiesie n’afasuo anaa ɔbɛgyina ntokuro a ɛda afasuo no mu wɔ m’anim na mansɛe kuro no,+ nanso mannya obiara. 31 Enti mɛhwie m’abufuo agu wɔn so na mede m’aniberɛ gya no ahye wɔn ase. Mɛma wɔn akwan ho nsunsuansoɔ aba wɔn tiri so,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

23 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ná mmaa mmienu bi wɔ hɔ a wɔn nyinaa firi maame baako.+ 3 Wɔbɛyɛɛ tuutuufoɔ wɔ Egypt;+ wɔsii tuutuu firii wɔn mmabaaberɛ mu pɛɛ. Wɔmiamiaa wɔn nufo wɔ hɔ, na wɔdii wɔn kokom agorɔ berɛ a na wɔyɛ mmaabunu. 4 Ɔpanin no din de Ohola,* na ne nua no de Oholiba.* Wɔbɛyɛɛ me dea, na wɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. Edin Ohola no gyina hɔ ma Samaria,+ na Oholiba nso gyina hɔ ma Yerusalem.

5 “Ohola firii m’akyi kɔbɔɔ adwaman.+ Ɔde akɔnnɔ bɔne kɔdii n’adɔfoɔ,+ Asiriafoɔ+ a na wɔbɛn no no akyi. 6 Ebinom yɛ amradofoɔ a wɔhyehyɛ ntaadeɛ a wɔde ntoma bruu ayɛ, ɛnna ebinom nso yɛ asoafoɔ. Wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so. 7 Ɔkɔɔ so ne Asiria mmarima a wɔdi mu nyinaa bɔɔ adwaman, na ɔde n’adɔfoɔ no abosom fĩ* nyinaa guu ne ho fĩ.+ 8 Wannyae tuutuu a ɔsii wɔ Egypt no, ɛfiri sɛ wɔne no dae ne mmabaaberɛ mu, na wɔdii ne kokom agorɔ berɛ a na ɔyɛ ɔbaabunu; na wɔde wɔn adwamammɔ dwaree no.+ 9 Enti mede no hyɛɛ n’adɔfoɔ nsa, Asiriafoɔ+ a ɔde akɔnnɔ bɔne dii wɔn akyi no. 10 Wɔyii n’adagya so,+ na wɔkyee ne mma mmarima ne ne mma mmaa kɔe,+ na ɔno nso, wɔde sekan kum no. Ɔgyee dimmɔne wɔ mmaa mu, na wɔbuu no atɛn.

11 “Berɛ a ne nuabaa Oholiba hunuiɛ no, n’akɔnnɔ bɔne no bɛyɛɛ hu senee no, na ɔbɛyɛɛ tuutuuni senee ne nua Ohola koraa.+ 12 Ɔde akɔnnɔ bɔne dii Asiriafoɔ a wɔbɛn no no akyi.+ Ná wɔyɛ amradofoɔ ne asoafoɔ a wɔhyɛ ntaade pa; mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so. 13 Berɛ a ɔguu ne ho fĩ no, mehuu sɛ wɔn nyinaa afa ɛkwan korɔ no ara so.+ 14 Nanso ne tuutuusie no gyee nsam koraa. Ɔhuu mmarima a wɔayeyɛ wɔn mfoni agu fasuo ho; Kaldeafoɔ a wɔde adukɔkɔɔ ayeyɛ wɔn mfoni. 15 Ná wɔde abɔsoɔ akyekyere wɔn asene, na wɔbobɔ abotire atenten. Wɔn nyinaa te sɛ akofoɔ, na wɔte sɛ Babilonfoɔ a wɔwoo wɔn wɔ Kaldeafoɔ asaase so. 16 Berɛ a n’ani bɔɔ wɔn so ara pɛ, ɔnyaa wɔn ho akɔnnɔ, na ɔsomaa nkurɔfoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea.+ 17 Enti Babilonfoɔ baa ne nkyɛn mprɛ pii ne no bɛdaa wɔ ne mpa so, na wɔde wɔn adwamammɔ guu ne ho fĩ. Berɛ a wɔguu ne ho fĩ wieeɛ no, wɔn ho fonoo no, na ɔtwee ne ho.*

18 “Berɛ a ɔsenee ne kɔn na ɔkɔɔ so sii tuutuu na ɔyii n’adagya so no,+ ne ho yɛɛ me abofono, na metwee me ho firii ne ho sɛdeɛ ne nuabaa ho yɛɛ me abofono maa metwee me ho* firii ne ho no.+ 19 Ɔkɔɔ so ara sii tuutuu,+ na ɔkaee ne mmabaaberɛ mu tuutuu a ɔsii wɔ Egypt asaase so no.+ 20 Ɔnyaa wɔn ho akɔnnɔ te sɛ mmaa a wɔn mpena barima* te sɛ mfunumu ne apɔnkɔ deɛ no. 21 Wo kɔn dɔɔ wo mmabaaberɛ mu ahohwibra a wobɔɔ wɔ Egypt no,+ berɛ a wɔdii wo kokom agorɔ, kyerɛ sɛ, berɛ a wɔdii wo mmabaaberɛ mu nufoɔ ho agorɔ no.+

22 “Enti Oholiba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Mɛma w’adɔfoɔ a wɔn ho fonoo wo* nti wotwee wo ho firii wɔn ho no aba wo so;+ mede wɔn bɛfiri afã nyinaa aba wo so,+ 23 Babilonfoɔ+ ne Kaldeafoɔ nyinaa,+ Pekod ne Soa ne Koa mmarima,+ ne Asiriafoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa. Wɔn nyinaa yɛ mmarima ahoɔfɛfoɔ, amradofoɔ ne asoafoɔ, akofoɔ ne wɔn a wɔahyɛ da afrɛ wɔn; wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so. 24 Wɔde nteaseɛnam bebree ne asraafoɔdɔm ne akyɛm akɛseɛ ne akyɛm nketewa* ne dadeɛ kyɛ bɛba wo so. Wɔbɛtwa wo ho ahyia, na mɛma wɔabu wo atɛn sɛdeɛ wɔpɛ.+ 25 Mɛma m’ani abere wo so, na wɔne wo bɛdi no abufuo so. Wɔbɛtwa wo hwene ne w’aso, na wo nkurɔfoɔ a wɔbɛka no, wɔde sekan bɛkunkum wɔn. Wɔbɛfa wo mma mmarima ne wo mma mmaa akɔ, na wɔde gya bɛhye wo nkurɔfoɔ a wɔbɛka no.+ 26 Wɔbɛworɔ wo ntaadeɛ+ na wɔagye w’agudeɛ fɛfɛ no+ afiri wo nsam. 27 Na mɛma woagyae w’ahohwibra ne tuutuu a wofirii aseɛ sii+ no Egypt no.+ Worenhwɛ wɔn bio, na worenkae Egypt bio.’

28 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Hwɛ, mede wo rebɛhyɛ wɔn a wotan wɔn no nsa, wɔn a wɔn ho fonoo wo na wotwee wo ho* firii wɔn ho no nsa.+ 29 Wɔne wo bɛdi no nwonwoonwono na wɔafa deɛ woabrɛ anya nyinaa,+ na wɔbɛgya wo adagya a wonhyɛ hwee. W’adwamammɔ mu adagya bɛda adi na w’ahohwibra ne wo tuutuusie ho ada hɔ.+ 30 Wɔde weinom bɛyɛ wo, ɛfiri sɛ wodii amanaman no akyi te sɛ tuutuuni,+ na wode wɔn abosom fĩ guu wo ho fĩ.+ 31 Deɛ wo nuabaa yɛeɛ no ara bi na woyɛeɛ,+ enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsam.’+

32 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

‘Wobɛnom wo nuabaa no kuruwa a emu dɔ na ɛtrɛ no ano.+

Sereɛ ne afɛdie ayɛ kuruwa no ma, enti wɔbɛsere wo na wɔadi wo ho fɛ.+

33 Wobɛnom wo nuabaa Samaria kuruwa ano,

Wobɛboro, na awerɛhoɔ ahyɛ wo ma,

Nkurɔfoɔ bɛhu wo ama wɔn ho adwiri wɔn, na wɔbɛsɛe wo.

34 Wobɛnom kuruwa a wɔde dɔteɛ ayɛ no ano afefe mu ama no asa;+ kuruwa no bɛbɔ, na wobɛsesa awe,

Na woatete wo nufo.

“Me na maka,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’

35 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ wo werɛ afi me na womfa me nyɛ hwee* nti,+ w’ahohwibra ne wo tuutuusie ho nsunsuansoɔ bɛba wo tiri so.’”

36 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, wobɛka atemmusɛm akyerɛ Ohola ne Oholiba+ na woaka akyiwadeɛ a wɔayɛ akyerɛ wɔn anaa? 37 Wɔasɛe awareɛ,*+ na mogya wɔ wɔn nsam. Wɔde wɔn abosom fĩ na asɛe awareɛ, na wɔahye wɔn mma a wɔawo wɔn ama me no nso wɔ gya mu* ama wɔn abosom+ adi. 38 Afei, deɛ wɔde yɛɛ me nie: Wɔguu me tenabea kronkron hɔ fĩ saa da no, na wɔguu me home nna ho fĩ. 39 Na berɛ a wɔkunkum wɔn mma de wɔn bɔɔ afɔreɛ maa wɔn abosom fĩ no+ wieeɛ no, wɔbaa me kronkronbea hɔ saa da no ara bɛguu ho fĩ.+ Saa na wɔyɛɛ wɔ me ara me fie. 40 Wɔsomaa obi mpo sɛ ɔnkɔfrɛ mmarima a wɔwɔ akyirikyiri mmra.+ Berɛ a wɔreba no, wodware kekaa w’ani akyi, na wode agudeɛ siesiee wo ho.+ 41 Wotenaa mpa fɛfɛ so,+ na wode ɛpono sii ho,+ na wode m’aduhwam+ ne me ngo+ sisii so. 42 Afei wɔtee nnipa pii a wɔn ho adwo wɔn nne wɔ hɔ; wɔn mu bi yɛ asabofoɔ a wɔde wɔn firii serɛ so bae. Wɔde agudeɛ* guu mmaa no nsa, na wɔde abotire fɛfɛ bobɔɔ wɔn ti.

43 “Deɛ wasɛe awareɛ ara abrɛ no, mekaa ne ho asɛm sɛ: ‘Ɔbɛkɔ so ara asi tuutuu no.’ 44 Enti wɔbaa ne nkyɛn mprɛ pii sɛdeɛ obi kɔ tuutuuni nkyɛn no ara. Saa na wɔbaa mmaa ahohwifoɔ Ohola ne Oholiba nkyɛn. 45 Na mmarima a wɔtene de awaresɛeɛ+ ne mogyahwiegu+ ho atemmuo a ɛfata bɛma no; ɛfiri sɛ wɔyɛ mmaa awaresɛefoɔ, na wɔdi mogya ho fɔ.*+

46 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Mɛma asraafoɔ aba wɔn so, na wɔbɛma wɔn ho ayɛ hu na wɔafa wɔn sɛ nneɛma a wɔanya no ɛko mu.+ 47 Asraafoɔ no bɛsi wɔn aboɔ,+ na wɔde sekan atwitwa wɔn mu. Wɔbɛkunkum wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa,+ na wɔde gya bɛhye wɔn afie.+ 48 Mɛtu ahohwibra ase afiri asaase no so, na mmaa nyinaa bɛsua biribi afiri mu na wɔammɔ mo ahohwibra no bi.+ 49 Na wɔde mo ahohwibra ne bɔne a mo abosom fĩ no maa moyɛeɛ no ho nsunsuansoɔ bɛba mo tiri so; na mobɛhu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.’”+

24 Afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so du no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, twerɛ da yi* to hɔ, saa da yi ara. Babilon hene ato ahyɛ Yerusalem so saa da yi ara.+ 3 Bu atuatefoɔ* yi bɛ, na ka kyerɛ wɔn sɛ:

“‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“Fa dadesɛn* si gya so na hwie nsuo gu mu.+

 4 Fa nam a wɔatwitwa*+ a ɛyɛ akɔnnɔ no biara bi gu mu;

Fa srɛ ne basa, ne nnompe a ɛyɛ akɔnnɔ paa nso hyɛ no ma.

 5 Fa odwan a ɔdi mu paa,+ na hyehyɛ anyina wɔ dadesɛn no ase nyinaa.

Fa nnompe no ka nam a wɔatwitwa* no ho, na noa ma no mmen.”’

6 “Na deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

‘Mogyahwieguo kuro, due,+ dadesɛn a emu awe nnaakyen a emu nnaakyen mfirii mu!

Yi nam a wɔatwitwa* no firi mu mmaako mmaako;+ mmɔ so ntonto.

 7 Mogya a kuro yi aka agu no da so ara wɔ ne mfimfini;+ ɔde guu ɔbotan kwaboo so.

Wamfa angu fam amfa dɔteɛ ankata so.+

 8 Deɛ ɛbɛyɛ a mɛtua ne so ka wɔ m’abufuo mu nti,

Mede ne mogya agu ɔbotan kwaboo so

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛhunu.’+

9 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

‘Mogyahwieguo kuro, due!+

Mɛhyehyɛ anyina no ama no adɔɔso.

10 Fa anyina bebree gu aseɛ, na twa gya tom,

Na noa nam no ma no mmen yie. Hwie ho nsuo no, na ma nnompe no nhye tumm.

11 Afei fa kɔbere dadesɛn a hwee nnim no si nnyasramma no so ma no nnɔ

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛdɔ kɔɔ.

Emu fĩ bɛnane afiri mu,+ na emu nnaakyen ahye.

12 Ateetee ne ɔbrɛ nko ara,

Ɛfiri sɛ ne nnaakyen bebree no amfiri mu.+

To ɛne ne nnaakyen no nyinaa gu gya mu!’

13 “‘W’ahohwibra nti na wo ho guu fĩ.+ Meyɛɛ sɛ mɛma wo ho ate, nanso wo ho ante amfiri wo bra fĩ* no ho. Enti wo ho rente kɔsi sɛ m’abufuo a mede aba wo so no ano bɛbrɛ ase.+ 14 Me, Yehowa, na maka. Ɛbɛba mu. Biribiara rentumi nsi me kwan, merenhu wo mmɔbɔ, na merennu me ho.+ Wɔbɛbu wo atɛn sɛdeɛ w’akwan ne wo nneyɛɛ teɛ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

15 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 16 “Onipa ba, mɛbɔ wo dɔfo afiri hɔ prɛko pɛ.+ Nni awerɛhoɔ,* nsu, na ntwa adwo. 17 Gu ahome komm, na nyɛ ayie.+ Bɔ w’abotire+ na hyɛ wo mpaboa.+ Nkata wo mfemfem so,*+ na nni paanoo a nkurɔfoɔ de bɛbrɛ wo.”*+

18 Mekasa kyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wuu anwummerɛ. Berɛ a adeɛ kyee anɔpa no, medii ahyɛdeɛ a wɔde maa me no nyinaa so. 19 Ɛnna ɔman no bisaa me sɛ: “Deɛ woreyɛ yi, sɛ ɛfa yɛn ho a, adɛn nti na wonka nkyerɛ yɛn?” 20 Na mebuaa wɔn sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, 21 ‘Ka kyerɛ Israel fie sɛ: “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Me tenabea kronkron a mode hoahoa mo ho dendeenden no, deɛ mo ani gye ho a ɛda mo akoma so* no, merebɛgu ho fĩ.+ Mo mma mmarima ne mo mma mmaa a mogyaa wɔn akyire no, wɔde sekan bɛkunkum wɔn.+ 22 Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi ara. Morenkata mo mfemfem so, na morenni paanoo a nkurɔfoɔ de bɛbrɛ mo.+ 23 Mobɛbobɔ mo abotire, na moahyehyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhoɔ, na morensu. Mmom, mobɛporɔ atete wɔ mo bɔne mu,+ na mobɛgu ahome akyerɛ mo ho mo ho. 24 Mede Hesekiel ayɛ sɛnkyerɛnne ama mo.+ Deɛ wayɛ nyinaa, mo nso mobɛyɛ bi. Na sɛ ɛba mu a, mobɛhu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.’”’”

25 “Onipa ba, mɛyi wɔn dwankɔbea no afiri hɔ, kyerɛ sɛ, adeɛ a ɛyɛ fɛ a wɔdi ho ahurisie, deɛ wɔn ani gye ho, deɛ ɛda wɔn akoma* so no. Mɛyi wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nso afiri hɔ.+ Ɛda a mɛyɛ saa no, 26 obi a wanya ne tiri adidi mu bɛba abɛbɔ wo amanneɛ.+ 27 Saa da no, wobɛbue w’ano akasa akyerɛ deɛ wanya ne tiri adidi mu no, na worenyɛ dinn bio.+ Mede wo bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wɔn, na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.”

25 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Ammonfoɔ,+ na hyɛ nkɔm tia wɔn.+ 3 Ka kyerɛ Ammonfoɔ sɛ, ‘Montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm. Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɛsiane sɛ wokaa sɛ Ɔtwea! berɛ a wɔguu me tenabea kronkron ho fĩ, ne berɛ a Israel asaase daa mpan, ne berɛ a wɔtuu Yuda fie ase kɔeɛ nti, 4 mede wo bɛma Apueeɛ Famfoɔ ama wɔadi wo so. Wɔbɛba abɛkyekyere wɔn asoɛeɛ na wɔasisi wɔn ntomadan wɔ w’asaase so. Wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ, na wɔanom wo nufosuo. 5 Mɛma Raba+ adane yoma adidibea, na Ammonfoɔ asaase adane nnwan ahomegyebea; na mobɛhu sɛ mene Yehowa.”’”

6 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ wobɔɔ wo nsam+ de wo nan pempem hɔ dii ahurisie na wodii* Israel asaase ho fɛ yayaaya nti,+ 7 mɛtene me nsa wɔ wo so, na mede wo bɛma amanaman sɛ nneɛma a wɔsesa wɔ ɛko mu. Mɛtwa wo afiri aman mu na matɔre w’ase afiri nsaase so.+ Mɛsɛe wo pasaa na wobɛhu sɛ mene Yehowa.’

8 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Moab+ ne Seir+ kaa sɛ, “Hwɛ! Yuda fie te sɛ aman a aka no nyinaa.” 9 Ɛno nti mɛma nkuro a ɛwɔ Moab nkyɛnmu no ho ada hɔ, nkuro a ɛyɛ fɛ te sɛ Bet-Yesimot, Baal-Meon, de kɔsi Kiriataim.+ 10 Mede wɔn bɛka Ammonfoɔ ho ama Apueeɛ Famfoɔ adi wɔn so,+ na wɔrenkae Ammonfoɔ bio wɔ amanaman no mu.+ 11 Na mɛbu atɛn wɔ Moab,+ na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’

12 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Edom tuaa Yuda fie so ka, na wɔnam so yɛɛ bɔne kɛseɛ tiaa wɔn;+ 13 ɛno nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Me nso mɛtene me nsa wɔ Edom so, na mɛtwa nnipa ne nyɛmmoa afiri asaase no so, na mama no ada mpan.+ Ɛfiri Teman kɔsi Dedan nyinaa, wɔbɛwuwu sekan ano.+ 14 ‘Na menam me man Israel nsa so bɛtua Edomfoɔ bɔne so ka.+ Wɔde m’abufuo ne m’aniberɛ bɛba Edom so, na Edomfoɔ bɛhunu sɛdeɛ matua wɔn bɔne so ka,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’

15 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ Filistifoɔ tan wɔn daa nti, wɔpɛ sɛ wɔfa kwammɔne so* tua wɔn so ka na wɔsɛe wɔn.+ 16 Ɛno nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛtene me nsa wɔ Filistifoɔ so,+ na mɛtwa Keretifoɔ afiri hɔ,+ na masɛe nnipa a aka a wɔtete mpoano no.+ 17 Na mede abufuo kɛseɛ bɛtua wɔn bɔne so ka de atwe wɔn aso, na sɛ metua wɔn bɔne so ka a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.”’”

26 Afe a ɛtɔ so 11, bosome no da a ɛdi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, Tiro akasa atia Yerusalem+ sɛ, ‘Ɔtwea! Wɔabubu amanaman no pono no!+ Afei biribiara bɛba abɛdi me nsam. Seesei a wɔasɛe no yi, mɛyɛ ɔdefoɔ.’ 3 Wei nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Tiro, me ne wo wɔ asɛm, na mede aman pii bɛba wo so sɛdeɛ ɛpo bɔ n’asorɔkye ba no. 4 Wɔbɛsɛe Tiro afasuo na wɔadwiri n’aban agu,+ na mɛwerɛwerɛ ne ho dɔteɛ ama no ayɛ botan kwaboo. 5 Ɔbɛdane baabi a wɔhata asau wɔ ɛpo mfimfini.’+

“Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Me na maka, na amanaman bɛfa Tiro sɛ nneɛma a wɔasesa no ɛko mu. 6 Na wɔde sekan bɛkunkum nkurɔfoɔ a wɔwɔ ne nkuraaseɛ* a atwa ne ho ahyia no, na nnipa bɛhu sɛ mene Yehowa.’

7 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mɛma Babilon hene Nebukadnesar* afiri atifi fam aba Tiro so.+ Ɔyɛ ahemfo mu hene,+ na ɔde apɔnkɔ+ ne nteaseɛnam+ ne asraafoɔ a wɔtete apɔnkɔ so ne asraafoɔdɔm kɛseɛ* na ɛbɛba. 8 Nnipa a wɔwɔ nkuraaseɛ a atwa wo ho ahyia no, ɔde sekan bɛkunkum wɔn, ɔbɛgye ban atwa wo ho ahyia na wato akoban,* na ɔde kyɛm kɛseɛ aba wo so. 9 Ɔde n’afidie* bɛdwiri w’afasuo na ɔde n’akuma* abubu w’aban. 10 N’apɔnkɔ bɛdɔɔso ara ama ɛbɛma mfuturo akata wo so. Sɛ ɔfa w’apono mu ba wo so a, wɔn a wɔtete apɔnkɔ so ne ntwahonan ne nteaseɛnam no nnyegyeeɛ bɛma w’afasuo awoso; ɛbɛyɛ te sɛ deɛ mmarima abɔ awura kuro a n’afasuo abubu mu. 11 Ɔde n’apɔnkɔ nan bɛtiatia w’akwantempɔn nyinaa so;+ ɔde sekan bɛkunkum wo nkurɔfoɔ, na w’adum akɛseɛ no ahwehwe fam. 12 Wɔbɛfa w’ahodeɛ na wɔafom nneɛma a wotɔn,+ wɔbɛbubu w’afasuo na wɔadwiri w’adan fɛfɛ no agu; afei wɔde w’aboɔ, nneɛma a wode nnua ayɛ, ne wo dɔteɛ bɛgu nsuo mu.’

13 “‘Mɛma wo nnwontoɔ gyegyeegye no agyae, na wɔrente w’asankuo nnyegyeeɛ bio.+ 14 Mɛma woayɛ ɔbotan kwaboo, na woadane baabi a wɔhata asau.+ Wɔrensan nkyekyere wo sɛ kuro bio. Me, Yehowa, na maka,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

15 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ Tiro nie: ‘Sɛ wohwe ase, na wɔn a wɔrewuwu* no penepene, na wɔkunkum wo mu nnipa, na sɛ nsupɔ no te a, wɔn ho rempopo anaa?+ 16 Ɛpo so aberempɔn* nyinaa bɛfiri wɔn adwa so asisi fam, na wɔbɛyiyi wɔn ntaadeɛ* ne wɔn ntoma a wɔadi mu adwini no agu hɔ, na wɔn ho bɛpopo.* Wɔbɛtenatena fam na wɔn ho apopo saa ara, na wɔatɛɛ wɔn anom ahwɛ wo.+ 17 Na wɔbɛto wo ho awerɛhoɔ dwom*+ na wɔaka akyerɛ wo sɛ:

“Kuro a wɔn a wɔte po so bɛtenaa wo mu, kuro a wɔkamfoo wo, hwɛ sɛdeɛ woahwe ase;+

Wo ne wɔn a wɔtete wo mu no, na mo ho yɛ den wɔ ɛpo so,+

Momaa asaase sofoɔ nyinaa bɔɔ hu!

18 Ɛda a wobɛhwe ase no, nsupɔ no ho bɛpopo.

Sɛ w’awieeɛ ba a, ɛbɛha nsupɔ no.”’+

19 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Sɛ mesɛe wo te sɛ nkuro a obiara nte mu, na mema ɛpo asorɔkye kata wo so na nsuo pii yiri fa wo so+ a, 20 mede wo bɛka wɔn a wɔrekɔ amena* mu no ho, na woakɔka wɔn a wɔtenaa ase teteete no ho; mɛma wo ne wɔn a wɔrekɔ amena mu no atena asaase ase tɔnn,+ baabi a ɛte sɛ tete mmeaeɛ a ada mpan no, na obiara rentena wo mu bio. Na mɛhyɛ ateasefoɔ asaase animuonyam.*

21 “‘Mɛma ehu atɔ wo so mpofirim, na worentena hɔ bio.+ Nnipa bɛhwehwɛ wo, nanso wɔrenhu wo bio da,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

27 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, to Tiro ho awerɛhoɔ dwom.*+ 3 Ka kyerɛ Tiro sɛ,

‘Wo a wote ɛpo aboboano,

Odwadini a wo ne nsupɔ pii di dwa,

Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“O Tiro, wo ara na wokaa sɛ, ‘M’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.’+

 4 W’asaase da ɛpo mfimfini* tɔnn,

Wɔn a wɔyɛɛ wo no ama w’ahoɔfɛ awie pɛyɛ.

 5 Woyɛ hyɛn a Senir papao dua na wɔde ayɛ,+

Na wɔde sida dua a ɛfiri Lebanon na ɛyɛɛ wo hyɛnnua.

 6 Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabono.

Kitim+ nsupɔ so kwabɔhorɔ dua a wɔde asonse* asiesie ho na wɔde yɛɛ w’anim.

 7 Egypt ntoma a wɔde kɔla ahodoɔ ayɛ na wɔde yɛɛ wo mframatoma,

Na ahoma bruu ne ntoma kɔkɔɔ a ɛfiri Elisah+ nsupɔ so na wɔde yɛɛ wo nkatasoɔ.

 8 Sidonfoɔ ne Awadfoɔ+ na wɔharee w’ahyɛn.

O Tiro, wo ara w’animdefoɔ na wɔbɛyɛɛ w’ahyɛn mu adwumayɛfoɔ.+

 9 Gebal mpanimfoɔ a wɔnim adwuma+ ne emu animdefoɔ na wɔtuatuaa w’ahyɛn mu ntokuro.+

Ɛpo so ahyɛn ne emu adwumayɛfoɔ nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bɛdii dwa.

10 Persia ne Lud ne Put mmarima+ bɛyɛɛ w’asraafoɔ, w’akofoɔ.

Wɔde wɔn akyɛm ne wɔn dadeɛ kyɛ sensɛn wo ho, na wɔmaa wonyaa animuonyam.

11 Awadfoɔ a wɔyɛ w’asraafoɔ twaa w’afasuo ho hyiae,

Na mmarima akokoɔdurofoɔ na wɔwɛn w’aban so.

Wɔde akyɛm sensɛn w’afasuo ho hyiae,

Na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee pɛyɛ.

12 “‘“Ahodeɛ pii a wowɔ nti,+ Tarsis+ ne wo dii dwa. Wode wo nneɛma maa no de gyee ne dwetɛ, dadeɛ, sanyaa,* ne sumpii.*+ 13 Na Yawan, Tubal,+ ne Mesek+ ne wo dii dwa. Nneɛma a wotɔn no, wode maa wɔn de gyee nkoa+ ne nneɛma a wɔde kɔbere ayɛ. 14 Wɔde apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ firii Togarma fie+ brɛɛ wo de bɛgyee wo nneɛma. 15 Dedanfoɔ+ ne wo dii dwa; na wofaa nkurɔfoɔ maa wɔdii dwa wɔ nsupɔ bebree so maa wo; asonse+ ne dua tuntum a ne boɔ yɛ den* na wɔde tuaa wo ka. 16 Nneɛma dodoɔ a wotɔn nti, Edomfoɔ ne wo dii dwa. Na wode wo nneɛma maa wɔn de gyee nsrammaboɔ, ntoma kɔkɔɔ, ntoma a wɔde kɔla ahodoɔ anwene, ntoma pa, ɛpo mu abohene, ne aboɔden aboɔ kɔkɔɔ.

17 “‘“Wo ne Yuda ne Israel dii dwa. Wode w’adwadeɛ maa wɔn de gyee+ hwiit a ɛfiri Minit,+ aduane pa, ɛwoɔ,+ ngo, ne balsam aduhwam.+

18 “‘“Nneɛma dodoɔ a wotɔn ne w’ahonyadeɛ nyinaa nti, Damasko+ ne wo dii dwa. Ɔtɔn Helbon nsã* ne odwan nwi a ɛfiri Sahar* maa wo. 19 Wedan ne Yawan firi Usal bae na wɔne wo bɛdii dwa. Wɔde dadeɛ nneɛma, kasia dua,* ne sibire hwamhwam* brɛɛ wo de gyee w’adwadeɛ. 20 Ntoma* a wɔde to apɔnkɔ so tena so no, ɛno na Dedanfoɔ+ de maa wo gyee wo nneɛma. 21 Wofaa Arabiafoɔ ne Kedar aberempɔn+ nyinaa maa wɔtɔn nnwan mma, adwennini, ne mpɔnkye maa wo.+ 22 Saba ne Raama+ adwadifoɔ ne wo dii dwa; wode wo nneɛma maa wɔn de gyee nnuhwam a ɛyɛ papa, aboɔden aboɔ nyinaa bi, ne sika kɔkɔɔ.+ 23 Wo ne Haran,+ Kane, Eden,+ adwadifoɔ a wɔfiri Saba,+ Asur,+ ne Kilmad dii dwa. 24 Wɔne wo dii dwa, na wɔde ntaadeɛ fɛfɛ, ngugusoɔ a wɔde ntoma bruu ne ntoma a wɔde kɔla ahodoɔ anwene baa wo dwa so; ɛne kapɛt a wɔde kɔla ahodoɔ ayɛ. Wɔde nhoma bɔɔ ne nyinaa mu kyekyeree no dendeenden bae.

25 Tarsis ahyɛn+ na ɛsoaa w’adwadeɛ no,

Enti ama woanya wo ho tam* wɔ ɛpo mfimfini* tɔnn.

26 Wɔn a wɔhare wo no de wo aba ɛpo bunu mu;

Apueeɛ mframa abubu wo wɔ ɛpo mfimfini tɔnn.

27 W’ahonyadeɛ, wo nneɛma, w’adwadeɛ, w’ahyɛn mufoɔ, ne emu adwumayɛfoɔ,

Wɔn a wɔtuatua w’ahyɛn mu ntokuro, w’adwadifoɔ+ ne w’akofoɔ nyinaa+

—W’asafodɔm ne wɔn a wɔwɔ wo mu nyinaa—

Da a wobɛhwe ase no, wɔn nyinaa bɛmem wɔ ɛpo mfimfini.+

28 Sɛ wo hyɛn mu adwumayɛfoɔ team a, mpoano nsaase bɛwoso.

29 Wɔn a wɔkura atabono, ahyɛn mufoɔ, ne ɛpo so adwumayɛfoɔ nyinaa

Bɛsisi afiri wɔn ahyɛn mu abɛgyinagyina asaase kesee so.

30 Wɔbɛma wɔn nne so asu wo yayaaya+

Na wɔde mfuturo agu wɔn atifi amunimuni wɔ nsõ mu.

31 Wɔbɛbɔ tikwa na wɔafirafira awerɛhoɔ ntoma;*

Wɔde awerɛhoɔ* bɛsu wo yayaaya.

32 Na wɔbɛto wo ho awerɛhoɔ dwom* abɔ bena sɛ:

‘Hwan na ɔte sɛ Tiro a seesei wɔama no ayɛ komm wɔ ɛpo mfimfini yi?+

33 Berɛ a w’adwadeɛ firi ɛpo so bae no, womaa aman pii nyaa deɛ wɔpɛ.+

W’ahonyadeɛ ne w’adwadeɛ pii no maa asaase so ahemfo nyaa wɔn ho.+

34 Afei woabubu wɔ ɛpo so, subunu mu tɔnn.+

Wo ne w’adwadeɛ ne wo nkurɔfoɔ nyinaa amem.+

35 Nsupɔ sofoɔ nyinaa bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ wo,+

Na ehu bɛma wɔn ahemfo ho apopo;+ obiara bɛnyinya n’anim.

36 Deɛ ato wo nti, adwadifoɔ a wɔfiri aman hodoɔ so bɛbɔ wo so hwerɛma.

W’awieeɛ bɛba mpofirim na ɛbɛyɛ hu,

Na wɔrenhu wo bio da biara da.’”’”+

28 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, ka kyerɛ panin a ɔda Tiro ano no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“Ɛsiane sɛ w’akoma ama ne ho so nti,+ woka sɛ, ‘Meyɛ onyame.

Mete anyame adwa so wɔ ɛpo mfimfini,’*+

W’akomam deɛ, wote nka sɛ woyɛ onyame,

Nanso woyɛ onipa, na wonyɛ onyame.

 3 Hwɛ, wonim nyansa sene Daniel.+

Ahintasɛm biara nni hɔ a wɔde asie wo.

 4 Wo nyansa ne wo nhunumu ama woanya wo ho,

Na daa wode sika kɔkɔɔ ne dwetɛ sie w’akoraeɛ.+

 5 Adwadie mu nyansa a wowɔ nti, woanya wo ho tam,+

Na w’ahonya dodoɔ ama w’akoma ama ne ho so.”’

6 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“Ɛsiane sɛ wote nka wɔ w’akomam sɛ woyɛ onyame nti,

 7 Mede ahɔhoɔ reba wo so, atirimuɔdenfoɔ a wɔwɔ amanaman no mu,+

Na wɔbɛtwe wɔn sekan de asɛe wo nyansa bebrebe no

Na wɔasɛe w’animuonyam.+

 8 Wɔde wo bɛsiane akɔ amena* mu tɔnn,

Na wobɛwu owu yaayaa wɔ ɛpo mfimfini.*+

 9 Wobɛkɔ so aka akyerɛ deɛ ɔreku wo no sɛ, ‘Meyɛ onyame?

Worenyɛ onyame, mmom wobɛyɛ onipa kɛkɛ wɔ wɔn a wɔregu wo ho fĩ no nsam.”’

10 “‘Wobɛwu momonotofoɔ* wuo wɔ ahɔhoɔ nsam;

Me na maka,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

11 Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 12 “Onipa ba, to Tiro hene ho awerɛhoɔ dwom,* na ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“Sɛ yɛka obi a ne biribiara di mu a, na ɛyɛ wo.

Ná nyansa ahyɛ wo ma,+ na w’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.+

13 Ná wote Eden, Onyankopɔn turom.

Wɔde abohene nyinaa bi siesiee wo

—Abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ahwehwɛboɔ, sikabereɛboɔ, abohene tuntum, abohene ahabammono, hoaboɔ, nsrammaboɔ,+ ne ahabammonoboɔ;

Sika kɔkɔɔ na wɔde yɛɛ nsiaseɛ ne nsisoɔ de aboɔ yi nyinaa tetaree so.

Da a mebɔɔ wo no, saa da no na meyɛɛ ne nyinaa.

14 Mede wo sii hɔ sɛ kerubim a wɔasra no a watrɛ ne ntaban mu.*

Onyankopɔn bepɔ kronkron so na na woteɛ,+ na egya aboɔ ntam na wonanteeɛ.

15 Da a wɔbɔɔ wo no, na w’akwan nyinaa tene

Kɔsii sɛ wɔhunuu deɛ ɛntene wɔ wo mu.+

16 “‘“W’adwadeɛ dodoɔ nti,+

Amumuyɛ hyɛɛ wo ma, na woyɛɛ bɔne.+

Enti mɛtu wo sɛ abusudeɛ afiri Onyankopɔn bepɔ so.+

O kerubim a woatrɛ wo ntaban mu,* mɛtu w’ase na woannante egya aboɔ no ntam bio.

17 W’ahoɔfɛ nti, w’akoma ama ne ho so.+

Na w’animuonyam nti, woasɛe wo nyansa.+

Mɛto wo atwene asaase so.+

Mede wo bɛgyina ahemfo anim ama wɔahwɛ wo.

18 W’amumuyɛ dodoɔ ne w’adwadie bɔne nti, woagu wo kronkronbea ho fĩ.

Mɛma gya afiri wo mu aba, na ɛbɛhye wo.+

Mɛma woadane nsõ wɔ asaase so wɔ wɔn a wɔrehwɛ wo no nyinaa anim.

19 Aman hodoɔ mufoɔ a wɔnim wo nyinaa bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ wo.+

W’awieeɛ bɛba mpofirim na ɛbɛyɛ hu,

Na wɔrenhu wo bio da biara da.”’”+

20 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 21 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Sidon+ na hyɛ nkɔm tia no. 22 Na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“O Sidon, me ne wo wɔ asɛm, na mɛhyɛ me ho animuonyam wɔ wo mu.

Na sɛ mebu no atɛn ma me din ho te a, nnipa bɛhu sɛ mene Yehowa.

23 Mɛma nsanyareɛ a ɛdi awuo aba ne so na mogya asene afa ne mmɔnten so.

Sɛ sekan ba ne so wɔ afã nyinaa a, nnipa bɛwuwu wɔ ne mu;

Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.+

24 Afei hwerɛmo bɔne ne nkaasɛɛ a ano yɛ ya biara,+ kyerɛ sɛ, wɔn a wɔdi wɔn ho fɛ no rentwa Israel fie ho nhyia bio; na nnipa bɛhu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.”’

25 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ mesan boaboa Israel fie ano firi aman a wɔahwete wɔn kɔ so no mu+ a, me din ho bɛte wɔ amanaman no anim.+ Na wɔbɛtena wɔn asaase so;+ asaase a mede maa m’akoa Yakob no.+ 26 Wɔbɛtena so dwoodwoo+ na wɔasisi adan ayeyɛ bobe mfuo.+ Sɛ mebu wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔdi wɔn ho fɛ no atɛn+ a, wɔbɛtena ase dwoodwoo; na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.”’”

29 Afe a ɛtɔ so du, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so 12 no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Egypt hene Farao na hyɛ nkɔm tia ɔne Egypt nyinaa.+ 3 Ka kyerɛ no sɛ: ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“Hwɛ, me ne wo anya, Egypt hene Farao,+

Asuboa kɛseɛ a woda wo Nil* asuasu mu,+

Wo a woka sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea,

Me ara na meyɛeɛ.’+

 4 Nanso mede akɔtɔkorɔ bɛhyehyɛ w’afono mu na mama w’asubɔnten Nil mu mpataa afemfam w’abena ho.

Mɛyi wo ne mpataa a ɛfemfam w’abena ho no nyinaa afiri Nil mu.

 5 Mɛgya wo ne w’asubɔnten Nil mu mpataa nyinaa agu serɛ so.

Wobɛkɔ akɔtɔ wuram wɔ petee mu, na wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano.+

Mede wo bɛma wuram mmoa ne wiem nnomaa sɛ aduane.+

 6 Na Egyptfoɔ nyinaa bɛhu sɛ mene Yehowa,

Ɛfiri sɛ wɔnyɛ poma mma Israel fie bio, na mmom wɔyɛ demmire.*+

 7 Berɛ a wɔsɔɔ wo nsa no, wo mu buiɛ,

Na womaa wɔn mmati hwinhwaneeɛ.

Berɛ a wɔde wɔn ho tweree wo no, wobubuiɛ,

Na wɔn nan* wosoeɛ.”+

8 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mede sekan reba wo so,+ na mɛtwitwa nnipa ne mmoa nyinaa afiri wo mu. 9 Egypt asaase bɛsɛe adane amamfo,+ na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa, ɛfiri sɛ woaka* sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea; me ara na meyɛeɛ.’+ 10 Enti me ne wo ne w’asubɔnten Nil anya, na mɛma Egypt asaase asɛe, na ɛso awo, na ada mpan+ afiri Migdol+ akɔsi Sine+ ne Etiopia ahyeɛ so. 11 Onipa anaa ayɛmmoa biara nan remfa so,+ na wɔrentena so mfeɛ 40. 12 Mɛma Egypt asaase adane amamfo mu amamfo; na ne nkuro bɛsɛe koraa na ada mpan mfeɛ 40;+ na mɛbɔ Egyptfoɔ ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.”+

13 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mfeɛ 40 no ba awieeɛ a, mɛboaboa Egyptfoɔ ano afiri aman a wɔbɔɔ wɔn pansam so no mu.+ 14 Mede Egyptfoɔ a wɔtuu wɔn firii wɔn asaase so no bɛsan aba wɔn kurom wɔ Patros asaase so,+ na wɔbɛyɛ ahennie a ɛnni animuonyam. 15 Ahennie a aka no bɛyɛ kɛseɛ asene Egypt, na ɛremma ne ho so wɔ aman a aka no so bio,+ na mɛma wayɛ ketewa na wanhyɛ amanaman no so.+ 16 Israel fie remfa wɔn ho nto ne so bio,+ na mmom ɛbɛma wɔakae bɔne a wɔyɛeɛ sɛ wɔkɔhwehwɛɛ mmoa firii Egypt hɔ no. Na wɔbɛhu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.”’”

17 Afe a ɛtɔ so 27, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, Babilon hene Nebukadnesar*+ maa n’asraafoɔ kɔyɛɛ adwuma kɛseɛ tiaa Tiro.+ Na etire nyinaa so pae, na mmatire nyinaa ho worɔworɔeɛ. Nanso ɔne n’asraafoɔ no annya akatua biara amfiri dwuma a wɔkɔdii Tiro no mu.

19 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mede Egypt asaase bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar nsa;+ ɔbɛfa n’ahodeɛ na wafom emu nneɛma nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ n’asraafoɔ no akatua.’

20 “‘Mede Egypt asaase bɛma no de atua adwuma a ɔyɛ tiaa no* no ho ka, ɛfiri sɛ wɔyɛ maa me,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

21 “Saa da no, mɛma Israel fie anya ahoɔden,*+ na mɛma wo kwan ama woakasa wɔ wɔn mu; na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.”

30 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“Mommɔ bena, ‘Hwɛ, ɛda no reba!’

 3 Ɛda no abɛn, Yehowa da no abɛn.+

Ɛbɛyɛ mununkum da;+ amanaman no berɛ.+

 4 Wɔbɛtwe Egypt so sekan, na sɛ nnipa wuwu wɔ Egypt a, ehu kɛseɛ bɛba Etiopia so.

Wɔbɛfa Egypt ahodeɛ na wɔadwiri ne fapem agu.+

 5 Etiopia,+ Put,+ Lud, ne nnipa a wɔfiri aman foforɔ so* nyinaa,

Kub, ne wɔn a wɔte apam asaase so* nyinaa,

Wɔn nyinaa bɛwuwu sekan ano.”’

 6 “Deɛ Yehowa aka nie:

‘Wɔn a wɔtaa Egypt akyi nso bɛwuwu,

Na ne tumi a ɔde hoahoa ne ho no, wɔbɛbrɛ no ase.’+

“‘Wɔbɛwuwu sekan ano afiri Migdol+ akɔsi Sine,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 7 ‘Na wɔbɛdane amamfo mu amamfo, na ne nkuro bɛsɛe koraa na ada mpan.+ 8 Na sɛ mede gya to Egypt mu na n’aboafoɔ nyinaa sɛe a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa. 9 Saa da no, mɛsoma nkurɔfoɔ ama wɔde hyɛn akɔ, na wɔbɛma Etiopia a ɔgye ne ho di no ho apopo. Egypt ahohia da no, ehu bɛka no, na ɛbɛba kwan biara so.’

10 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mɛfa Babilon hene Nebukadnesar* nsa so+ asɛe Egypt dɔm. 11 Mɛma ɔne n’asraafoɔ, atirimuɔdenfoɔ a wɔhyɛ aman so no+ aba abɛsɛe asaase no. Wɔbɛtwe wɔn sekan wɔ Egypt so na wɔakunkum nnipa ahyɛ asaase no so ma.+ 12 Mɛma Nil asuasu+ awe adane asaase kesee na matɔn asaase no ama nnipabɔnefoɔ. Na mɛma ahɔhoɔ asɛe asaase no ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ama no adane amamfo.+ Me Yehowa na maka.’

13 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Afei mɛsɛe abosom fĩ* no, na mayi anyamehunu no afiri Nof.*+ Na ɔberempɔn biara remfiri Egypt asaase so mma bio, na mɛma ehu aka Egypt asaase.+ 14 Mɛsɛe Patros pasaa,+ mede gya bɛto Soan mu na mabu Noh* atɛn.+ 15 Mɛhwie m’abufuo agu Egypt abandenden Sin so, na mɛsɛe nnipa a wɔwɔ Noh no. 16 Mede gya bɛto Egypt mu, na ehu bɛka Sin. Wɔbɛbubu Noh, na atamfo bɛba Nof* so awia ketee! 17 Wɔde sekan bɛkunkum On* ne Pibeset mmeranteɛ, na wɔbɛkye nkuro no mufoɔ akɔ. 18 Sɛ meyi Egypt kɔndua firi hɔ a, esum bɛduru Tapanes.+ Na ne tumi a ɔde hoahoa ne ho no to bɛtwa.+ Mununkum bɛkata ne so, na wɔbɛkye ne nkuro mufoɔ akɔ.+ 19 Mɛbu Egypt atɛn na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’”

20 Na afe a ɛtɔ so 11, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so nson no, Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 21 “Onipa ba, mabu Egypt hene Farao basa mu, na wɔrenkyere mfa nsa no yareɛ; wɔremfa adeɛ nkyekyere na anya ahoɔden asɔ sekan mu.”

22 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Me ne Egypt hene Farao wɔ asɛm,+ na mɛbubu ne basa a ɛyɛ den ne deɛ emu abuo no,+ na mɛma ne sekan afiri ne nsam atɔ fam.+ 23 Afei mɛbɔ Egyptfoɔ ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.+ 24 Mɛhyɛ Babilon hene abasa mu den*+ na mede me sekan ahyɛ ne nsam,+ mɛbubu Farao abasa na ɔbɛsi apini dendeenden wɔ n’anim* te sɛ obi a ɔrewuo. 25 Mɛhyɛ Babilon hene abasa mu den na Farao abasa mu bɛgo; na sɛ mede me sekan hyɛ Babilon hene nsam na ɔde toa Egypt asaase+ a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa. 26 Na mɛbɔ Egyptfoɔ ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.+ Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’”

31 Afe a ɛtɔ so 11, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no da a ɛdi kan no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ka kyerɛ Egypt hene Farao ne ne dɔm+ sɛ,

‘Hwan na wosɛ no wɔ wo kɛseyɛ mu?

 3 Wote sɛ Asiriani, na wote sɛ sida dua a ɛwɔ Lebanon;

Ne nkorabata yɛ fɛ na ɛyiyi ahaban kusuu a ɛma nwunu; ɛyɛ dua a ɛkorɔn.

Ne nkɔnmu kɔduru mununkum mu.

 4 Nsuo maa no yɛɛ kɛse, subunu maa no nyini kɔɔ soro.

Na nsutene twaa baabi a ɛsi nyinaa ho hyiae.

Ne nsuka kɔɔ asaase no so nnua nyinaa ho.

 5 Ɛno nti na ɛnyinii kokuroo kɔɔ soro senee asaase no so nnua a aka nyinaa no.

Nsuo pii a ɛwɔ n’asutene mu nti,

Ne mman bɛyɛɛ bebree na ne nkorabata yɛɛ atenten.

 6 Ewiem nnomaa nyinaa bɛyɛɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman so,

Wuram mmoa nyinaa bɛwoo wɔn mma wɔ ne nkorabata ase,

Aman akɛseɛ nyinaa tenaa ne nwunu ase.

 7 Ne nhini kɔɔ fam maa no nyaa nsuo bebree,

Enti ɛbɛyɛɛ dupɔn a ɛyɛ fɛ maa ne nkorabata yɛɛ atenten.

 8 Sida dua biara nni Onyankopɔn turom+ a na ɛte sɛ ɛno.

Papao dua biara nni hɔ a na ne mman te sɛ ɛno,

Na kyɛnkyɛn dua biara nni hɔ a na ɛwɔ nkorabata te sɛ ɛno.

Dua biara nni Onyankopɔn turom a na ɛyɛ fɛ te sɛ ɛno.

 9 Memaa ne nhaban yɛɛ kusuu maa ne ho yɛɛ fɛ,

Na Eden nnua a ɛwɔ nokorɛ Nyankopɔn no turom nyinaa ani beree no.’

10 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ ɔbɛyɛɛ* tenten kokuroo maa ne nkɔnmu duruu mununkum mu na ne tenten maa n’akoma maa ne ho so nti, 11 mede no bɛhyɛ otumfoɔ a ɔdi amanaman so no nsa.+ Na ɔne no bɛdi no nwonwoonwono. Ne bɔne nti mɛpo no. 12 Na ahɔhoɔ, atirimuɔdenfoɔ a wɔhyɛ aman so bɛtwa ato fam, na wɔbɛgya no mmepɔ so. Ne nhaban bɛtete agu subɔn nyinaa mu, na ne mman bɛbubu agu asaase so nsubɔnten nyinaa mu.+ Asaase so nnipa nyinaa bɛfiri ne nwunu ase na wɔagya no hɔ. 13 Ewiem nnomaa nyinaa bɛba abɛsisi ne dua a ɛda fam no so, na wuram mmoa nyinaa bɛba ne nkorabata so.+ 14 Wei baa saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsuo ho dua biara renyɛ tenten kokuroo bio anaa ne nkɔnmu rennuru mununkum mu bio, na dua biara a ɛnya nsuo pii rentwe ne mu tenteenten nkɔduru hɔ bio. Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bɛwuwu te sɛ adasamma a wɔkɔ asaase ase tɔnn anaa amena* mu.’

15 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Da a ɛbɛkɔ Adamena* mu no, mɛma awerɛhoɔ aba. Enti mɛkata subunu no so, na mɛtwe ne nsuwansuwa no asan na nsuo bebree no ansene. Ne nti mɛma Lebanon adane sum kabii na wuram nnua nyinaa akusa. 16 Sɛ mede no ka wɔn a wɔrekɔ amena mu no nyinaa ho kɔ Adamena* mu tɔnn, na aman te sɛ wahwe ase a, mɛma wɔn ho awoso. Na Eden nnua nyinaa,+ Lebanon nnua papa a ɛyɛ fɛ nyinaa, nnua a ɛnya nsuo nyinaa bɛkyekye wɔn werɛ wɔ asaase ase tɔnn. 17 Wɔne no* kɔ Adamena* mu kɔka wɔn a wɔde sekan kunkum wɔn no ho,+ wɔne wɔn a na wɔtaa n’akyi* a wɔtenaa ne nwunu ase wɔ amanaman mu no.’+

18 “‘Eden dua bɛn na ɛte sɛ wo wɔ animuonyam ne kɛseyɛ mu?+ Nanso wɔde wo bɛka Eden nnua ho akɔ asaase ase tɔnn. Na wo ne momonotofoɔ* bɛda faako; wo ne wɔn a wɔde sekan akunkum wɔn no. Wei na ɛbɛto Farao ne ne dɔm nyinaa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

32 Afe a ɛtɔ so 12, bosome a ɛtɔ so 12 no da a ɛdi kan no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, to Egypt hene Farao ho awerɛhoɔ dwom* na ka kyerɛ no sɛ:

‘Ná wote sɛ gyata* a ne ho yɛ den wɔ amanaman no mu,

Nanso wɔama woayɛ dinn.

Ná wote sɛ ɛpo mu asuboa kɛseɛ;+ ná wohurihuri pete wo ho wɔ wo nsubɔnten mu,

Na wode wo nan hono nsuo na woyɛ nsubɔnten* no fĩ.’

 3 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie,

‘Mɛma asafodɔm a wɔfiri aman pii mu atrɛ m’atena mu agu wo so,

Na wɔde m’asau bɛyi wo.

 4 Mɛgya wo ato asaase so;

Mɛto wo atwene asaase petee so.

Mɛma wiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so

Na mɛma wuram mmoa a wɔwɔ asaase nyinaa so awe wo nam amee.+

 5 Mɛpete wo nam agu mmepɔ so

Na mede wo funu ahyɛ abɔn mu ma.+

 6 Mogya a ɛbɛtu wo no, mɛma no adonnɔn asaase no ara akɔduru mmepɔ so,

Na ɛbɛhyɛ nsubɔnten ma.’*

 7 ‘Sɛ medum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro na mama ne nsoromma ayɛ tumm.

Mede mununkum bɛkata awia so,

Na bosome renhyerɛn bio.+

 8 Wo nti mɛma ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa ayɛ tumm,

Na mede esum bɛkata w’asaase so,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

 9 ‘Mɛma nnipa pii akoma aboto, ɛfiri sɛ mɛma wɔakye wo nkurɔfoɔ akɔ aman foforɔ so,

Aman a wonnim so.+

10 Mɛma nnipa pii ho adwiri wɔn,

Na sɛ mehim me sekan wɔ wɔn ahemfo anim a, ehu bɛka wɔn ama wɔn ho apopo.

Da a wobɛhwe ase no, wɔn ho bɛwoso biribiri;

Obiara bɛsuro sɛ ne nkwa bɛfiri ne nsa.’

11 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

‘Babilon hene bɛtwe ne sekan wɔ wo so.+

12 Na mɛma akatakyie, atirimuɔdenfoɔ a wɔhyɛ aman so nyinaa+

De wɔn sekan akunkum wo dɔm.

Wɔbɛma Egypt ahohoahoa no adane animguaseɛ na wɔatɔre ne dɔm nyinaa ase.+

13 Mɛtɔre ne nyɛmmoa ase afiri wɔn nsuo bebree no ho,+

Na onipa anaa ayɛmmoa biara nan renhono nsuo no bio.’+

14 ‘Saa berɛ no, mɛma wɔn nsuo ani ate,

Na wɔn nsubɔnten asene sɛ ngo,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

15 ‘Sɛ mepra deɛ ahyɛ Egypt asaase so ma nyinaa ma no da mpan,+

Na mekunkum wɔn a wɔtete so nyinaa a,

Wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.+

16 Wei yɛ awerɛhoɔ dwom,* na nnipa bɛto nso;

Mmaa a wɔfiri amanaman mu na wɔbɛto.

Wɔbɛto Egypt ne ne dɔm nyinaa ho awerɛhoɔ dwom,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

17 Afei afe a ɛtɔ so 12, bosome no da a ɛtɔ so 15 no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, bɔ bena wɔ Egypt dɔm ho na ma no nsiane nkɔ fam, wɔne aman akɛseɛ mma mmaa a wɔrekɔ amena* mu no.

19 “‘Hwan na wo ho yɛ fɛ sene no? Siane kɔ fam kɔda momonotofoɔ* mu!’

20 “‘Wɔn a sekan akunkum wɔn no mu na wɔbɛwuwuo.+ Wɔde no ama sekan; montwe ɔne ne dɔm nyinaa nkɔ.

21 “‘Akatakyie no mu atitire bɛfiri Adamena* mu tɔnn akasa akyerɛ ɔne n’aboafoɔ. Wɔbɛsiane akɔ fam akɔdeda te sɛ momonotofoɔ a wɔde sekan akunkum wɔn. 22 Asiria ne n’asafodɔm nyinaa wɔ hɔ. Wɔn adamena atwa ne ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu sekan ano.+ 23 N’ada wɔ amena* mu tɔnn, na n’asafodɔm atwa n’adamena ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu sekan ano, ɛfiri sɛ wɔmaa ehu baa ateasefoɔ asaase so.

24 “‘Elam+ ne ne dɔm a wɔwuwuu wɔ sekan ano no nyinaa wɔ hɔ. Wɔde wɔn momonoto kɔ asaase ase tɔnn. Wɔn na wɔmaa ehu baa ateasefoɔ asaase so. Afei, animguaseɛ bɛka wɔne wɔn a wɔrekɔ amena* mu no nyinaa. 25 Wɔde ne mpa asi wɔn a wɔakunkum wɔn no mfimfini, na ne dɔm nyinaa atwa n’adamena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔwuwuu wɔ sekan ano, ɛfiri sɛ wɔmaa ehu baa ateasefoɔ asaase so; na animguaseɛ bɛka wɔne wɔn a wɔrekɔ amena* mu no nyinaa. Wɔn a wɔakunkum wɔn no mu na wɔde no toeɛ.

26 “‘Ɛhɔ na Mesek ne Tubal+ ne wɔn dɔm* nyinaa wɔ. Wɔn adamena* atwa ne ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔde sekan ahwire wɔn mu, ɛfiri sɛ wɔmaa ehu baa ateasefoɔ asaase so. 27 Akatakyie a wɔyɛ momonotofoɔ a wɔawuwuo no, ɛnyɛ wɔn mu na wɔbɛdeda? Wɔn na wɔde wɔn akodeɛ siane kɔɔ Adamena* mu tɔnn. Wɔde wɔn ti bɛto wɔn sekan so,* na wɔn bɔne aba wɔn nnompe so, ɛfiri sɛ wɔyɛ akatakyie a wɔmaa ehu baa ateasefoɔ asaase so. 28 Wo deɛ, wɔbɛsɛe wo wɔ momonotofoɔ mu, na wo ne wɔn a wɔwuwuu wɔ sekan ano akɔda.

29 “‘Ɛhɔ na Edom+ ne n’ahemfo ne n’aberempɔn nyinaa wɔ. Wɔn tumi nyinaa akyi no, wɔde wɔn kaa wɔn a sekan akunkum wɔn no ho; wɔn nso bɛda momonotofoɔ ne wɔn a wɔrekɔ amena* mu no nkyɛn.+

30 “‘Ɛhɔ na atifi fam aberempɔn* ne Sidonfoɔ nyinaa wɔ.+ Weinom na wɔn tumi a ɛma wɔn ho yɛ hu nyinaa akyi no, wɔne awufoɔ asiane kɔ fam tɔnn wɔ animguaseɛ mu. Wɔde wɔn momonoto bɛkɔ akɔda wɔn a sekan kunkum wɔn no mu, na wɔde wɔn animguaseɛ bɛkɔ akɔka wɔn a wɔrekɔ amena* mu no ho.

31 “‘Farao bɛhu weinom nyinaa, na deɛ ɛbɛto ne dɔm no nyinaa bɛma ne werɛ akyekye.+ Wɔde sekan bɛkunkum Farao ne n’asraafoɔdɔm nyinaa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

32 “‘Farao maa ehu baa ateasefoɔ asaase so, enti wɔbɛsie ɔne ne dɔm nyinaa aka momonotofoɔ ho, wɔn a sekan akunkum wɔn no,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

33 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, wo ne wo man mma nkasa+ na ka kyerɛ wɔn sɛ,

“‘Fa no sɛ mede sekan reba asaase bi so,+ ɛnna asaase no sofoɔ nyinaa ayɛ anokorɔ ayi ɔbarima bi sɛ wɔn wɛmfoɔ; 3 berɛ a ɔhuu sɛ sekan no reba asaase no so no, ɔbɔɔ abɛn de bɔɔ ɔman no kɔkɔ.+ 4 Sɛ obi te abɛn no na wantie kɔkɔbɔ no,+ na sɛ sekan no bɛku no* a, ɔbɛdi ɔno ara ne mogya ho fɔ.*+ 5 Ɔtee abɛn no, nanso wantie kɔkɔbɔ no. Enti ɔbɛdi ɔno ara ne mogya ho fɔ.* Sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔbɛgye ne ho* nkwa.

6 “‘Na sɛ ɔwɛmfoɔ no hu sɛ sekan no reba na wammɔ abɛn+ amfa ammɔ ɔman no kɔkɔ na sekan no bɛkum wɔn mu baako* a, ɔno deɛ, ne bɔne nti na ɔbɛwuo, nanso ɔwɛmfoɔ no nsam na mɛbisa ne mogya afiri.’*+

7 “Na wo, onipa ba, mede wo ayɛ Israel fie wɛmfoɔ, enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.+ 8 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ, ‘Ɔbɔnefoɔ, owuo na wobɛwuo,’+ na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefoɔ no ammɔ no kɔkɔ amma no annyae ne bɔne a, ɔbɛwu ne bɔne mu,+ nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo hɔ. 9 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ kɔkɔ sɛ ɔnsan mfiri ne kwammɔne so na wansesa a, ɔbɛwu ne bɔne mu,+ na wo deɛ, wobɛgye wo ho* nkwa.+

10 “Na wo, onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Moka sɛ: “Yɛn atuateɛ ne yɛn bɔne mu yɛ duru wɔ yɛn so na ama yɛresɛe,+ enti yɛbɛyɛ dɛn anya nkwa?”’+ 11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘“Mete ase yi, m’ani nnye ɔbɔnefoɔ wuo ho;+ deɛ mepɛ ne sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsesa n’akwan+ na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfiri mo akwammɔne so.+ O Israel fie, adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ mowuwuo?”’+

12 “Na wo, onipa ba, ka kyerɛ wo man mma sɛ, ‘Sɛ ɔteneneeni te atua a, ne tenenee no rentumi nnye no.+ Na sɛ ɔbɔnefoɔ twe ne ho firi ne bɔne ho a, ne bɔne no remma no nhwe ase.+ Saa ara na da a ɔteneneeni bɛyɛ bɔne no, ne tenenee no rentumi nnye no nkwa.+ 13 Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ: “Wobɛnya nkwa,” na ɔde ne ho to ne tenenee so na ɔyɛ nneɛma bɔne*+ a, adetenenee a ɔyɛeɛ nyinaa wɔrenkae bio, na mmom ne bɔne nti, ɔbɛwu.+

14 “‘Na sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: “Owuo na wobɛwuo,” na ɔtwe ne ho firi ne bɔne ho na ɔdi asɛntenenee yɛ deɛ ɛtene,+ 15 na ɔbɔnefoɔ no de adeɛ a ne yɔnko de sii awowa san ma no,+ ɔtua deɛ wabɔ nkurɔfoɔ apoo agye,+ ɔdi ahyɛdeɛ a ɛma nkwa no so, na wanyɛ bɔne a, nkwa na ɔbɛnya,+ ɔrenwu. 16 Ne bɔne a wayɛ no, ɛho asodie biara renna ne so.*+ Ɛsiane sɛ wadi asɛntenenee ayɛ deɛ ɛtene nti, nkwa na ɔbɛnya.’+

17 “Wo manfoɔ deɛ, deɛ wɔka ne sɛ, ‘Yehowa akwan ntene.’ Nanso wɔn mmom na wɔn akwan ntene.

18 “Sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne a, deɛ wayɛ nti ɔbɛwu.+ 19 Na sɛ ɔbɔnefoɔ twe ne ho firi ne kwammɔne so bɛdi asɛntenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene a, deɛ wayɛ nti ɔbɛnya nkwa.+

20 “O Israel fie, moka sɛ, ‘Yehowa akwan ntene.’+ Mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ n’akwan teɛ.”

21 Afei berɛ a wɔtuu yɛn firii yɛn asaase so no, n’afe a ɛtɔ so 12, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so nnum no, ɔbarima bi a na wadwane afiri Yerusalem baa me nkyɛn+ bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔasɛe kuro no!”+

22 Ansa na ɔbarima a ɔdwaneeɛ no reba no, Yehowa honhom* baa me so anwummerɛ no, na ɔbuee m’ano ansa na ɔbarima no reba me nkyɛn anɔpa; m’ano bue maa metumi kasaeɛ.+

23 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 24 “Onipa ba, wɔn a wɔtete mmeaeɛ a asɛe yi+ reka Israel asaase ho asɛm sɛ, ‘Ná Abraham yɛ baakofoɔ nanso asaase no bɛyɛɛ ne dea.+ Yɛn deɛ, yɛdɔɔso; yɛn na wɔde asaase no ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’

25 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Modi mogya ka nam ho,+ moma mo ani so kyerɛ mo abosom fĩ,* na mohwie mogya gu.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na asaase no atumi ayɛ mo dea? 26 Mode mo ho ato mo sekan so,+ moyɛ akyiwadeɛ, na obiara gu ne yɔnko yere ho fĩ.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na asaase no atumi ayɛ mo dea?”’+

27 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mete ase yi, wɔn a wɔtete mmeaeɛ a asɛe no bɛwuwu sekan ano; na wɔn a wɔte wuram no, mɛma mmoa bɔne awe wɔn; wɔn a wɔtete abandenden ne abodan mu no, yareɛ bɛkunkum wɔn.+ 28 Mɛma asaase no asɛe pasaa+ na n’ahohoahoa no to bɛtwa, na Israel mmepɔ bɛdane amamfo,+ na obiara rentwam wɔ hɔ. 29 Sɛ akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa nti,+ mesɛe asaase no pasaa ma no dane amamfo+ a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.”’

30 “Na wo, onipa ba, wo manfoɔ rekeka wo ho nsɛm wɔ afasuo ho ne afie apono ano.+ Obiara ka kyerɛ ne nua sɛ, ‘Mommra mmɛtie asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ.’ 31 Wɔbɛboaboa wɔn ho ano abɛtenatena w’anim te sɛ me man; wɔbɛte wo nsɛm, nanso wɔrenni so.+ Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛ wo,* nanso wɔn akoma di mfaso bɔne akyi. 32 Hwɛ, wɔn ani so no, wote sɛ obi a ɔto ɔdɔ nnwom, obi a ne nne yɛ dɛ a ɔnim sankuo bɔ yie. Wɔbɛte wo nsɛm, nanso obiara remfa nyɛ adwuma. 33 Na sɛ ɛnya ba mu a—ba deɛ, ɛbɛba mu nso—wɔbɛhu sɛ odiyifoɔ bi tenaa wɔn mu.”+

34 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ. Hyɛ nkɔm na ka kyerɛ nnwanhwɛfoɔ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Israel nnwanhwɛfoɔ nnue!+ Deɛ ɛbɛkɔ wɔn yam nko ara na ɛhia wɔn. Ɛnyɛ nnwan no mmom na ɛsɛ sɛ nnwanhwɛfoɔ ma wɔn aduane?+ 3 Mmoa no sradeɛ na modie, na wɔn nwi na mode kata mo ho. Mokum mmoa a wɔadɔre sradeɛ,+ nanso momma nnwan no aduane nni.+ 4 Deɛ wayɛ mmerɛ no moanhyɛ no den, deɛ ɔyare no moansa no yareɛ, deɛ wapira no moankyekyere ne kuro, deɛ wate ne ho no moankɔfa no amma,+ na deɛ wayera no moanhwehwɛ no; mmom mohyɛɛ wɔn so dii wɔn ani.+ 5 Enti wɔhweteeɛ, ɛfiri sɛ na odwanhwɛfoɔ biara nni hɔ;+ wɔbɔ hweteeɛ, na wɔdanee aduane maa wuram mmoa. 6 Me nnwan bɔɔ ko wɔ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so, na wɔbɔɔ me nnwan hwetee asaase so baabiara, nanso obiara ammisa wɔn ase, na obiara ankɔhwehwɛ wɔn.

7 “‘“Enti mo, nnwanhwɛfoɔ, montie Yehowa asɛm: 8 ‘“Mete ase yi,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, “Mmoa rekye me nnwan we na wɔadane aduane ama wuram mmoa nyinaa ɛfiri sɛ wɔnni ahwɛfoɔ, na me nnwanhwɛfoɔ anhwehwɛ me nnwan amma wɔn aduane, na mmom deɛ ɛbɛkɔ wɔn yam nko ara na ɛhia wɔn.”’ 9 Ɛno nti, nnwanhwɛfoɔ, montie Yehowa asɛm. 10 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Me ne nnwanhwɛfoɔ no wɔ asɛm; mɛma wɔabu me nnwan ho akonta.* Meremma wɔnyɛn me nnwan* bio,+ na nnwanhwɛfoɔ no remfa wɔn nyɛ aduane bio; mɛyi me nnwan afiri wɔn anom na wɔanwe wɔn bio.’”

11 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mayɛn wɔn.+ 12 Odwanhwɛfoɔ hu ne nnwan a wɔahwete a, ɔma wɔn aduane, na saa ara na me nso mɛhwɛ me nnwan.+ Mununkum ne esum kabii da no, baabi a wɔhwetee wɔn kɔeɛ nyinaa, mɛyi wɔn afiri hɔ.+ 13 Mɛyi wɔn afiri amanaman mu na maboaboa wɔn ano afiri nsaase so de wɔn aba wɔn asaase so. Na mɛma wɔn aduane wɔ Israel mmepɔ so,+ nsutene ho, ne asaase no so tenabea nyinaa. 14 Mɛma wɔn aduane wɔ adidibea pa; Israel mmepɔ atenten so na wɔbɛdidi.+ Ɛhɔ na wɔbɛnya tenabea pa adwodwo wɔn ho+ na wɔadi aduane pa wɔ Israel mmepɔ so.”

15 “‘“Me ara mɛyɛn me nnwan+ na mama wɔadwodwo wɔn ho,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 16 “Deɛ wayera no mɛhwehwɛ no,+ deɛ wate ne ho no mede no bɛba, deɛ wapira no mɛkyekyere ne kuro, na deɛ wayɛ mmerɛ no mɛhyɛ no den. Deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no deɛ, mɛtwa no afiri hɔ; atemmuo na mede bɛyɛ n’aduane.”

17 “‘Na mo a moyɛ me nnwan no deɛ, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Merebɛbu odwan ne odwan ntam atɛn, ne adwennini ne mpɔnkyenini ntam atɛn.+ 18 Enti mohwɛ a, ɛyɛ sɛ mobɛdidi wɔ adidibea pa awie na moatiatia adidibea a aka no so asɛe no? Sɛ monom nsuo a ani te wie a, ɛyɛ sɛ mode mo nan bɛtiatia deɛ aka no mu asɛe no anaa? 19 Adidibea a moatiatia so asɛe hɔ na mopɛ sɛ me nnwan didi wɔ hɔ, anaasɛ nsuo a moatiatia mu asɛe no na mopɛ sɛ wɔnom?”

20 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ wɔn nie: “Hwɛ, me ara mɛbu odwan a wadɔre sradeɛ ne deɛ wafɔn ntam atɛn, 21 ɛfiri sɛ mode mo nkyɛnmu ne mo mmati piapiaa wɔn a wɔyare no nyinaa, na mode mo mmɛn piapiaa wɔn kɔsii sɛ mobɔɔ wɔn hweteeɛ. 22 Mɛgye me nnwan, na mmoa renkye wɔn nwe bio,+ na mɛbu odwan ne odwan ntam atɛn. 23 Mede odwanhwɛfoɔ baako, m’akoa Dawid, bɛsi wɔn so+ na wayɛn wɔn. Ɔno ara bɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfoɔ.+ 24 Me Yehowa na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn,+ na m’akoa Dawid ayɛ ɔberempɔn wɔ wɔn mu.+ Me Yehowa na maka.

25 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam,+ na mɛpamo wuram mmoa bɔne afiri asaase no so,+ na wɔbɛtena serɛ so dwoodwoo na wɔadeda kwaeɛ mu.+ 26 Mɛma wɔne nsaase a atwa me nkokoɔ ho ahyia nyinaa ayɛ nhyira,+ na mɛma nsuo atɔ ne berɛ mu. Mɛtɔ nhyira agu wɔn so sɛ nsuo.+ 27 Wuram nnua bɛso aba na asaase abɔ aduane,+ na wɔbɛtena wɔn asaase so dwoodwoo. Sɛ mebubu wɔn kɔndua mu na megye wɔn firi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.+ 28 Amanaman no remfa wɔn nyɛ wɔn aduane bio, na asaase so aboa biara renkye wɔn nwe. Wɔbɛtena ase dwoodwoo, na obiara renhunahuna wɔn.+

29 “‘“Mɛyɛ afuo a ɛbɛyɛ krabɛhwɛ* ama wɔn, na ɛkɔm renkunkum wɔn bio wɔ asaase no so,+ na amanaman no rengu wɔn anim ase bio.+ 30 ‘Na wɔbɛhu sɛ me, Yehowa wɔn Nyankopɔn, meka wɔn ho, na Israel fie yɛ me man,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’

31 “‘Na mo, me nnwan,+ nnwan a mereyɛn mo, mo deɛ moyɛ nnipa, na mene mo Nyankopɔn,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

35 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Seir a ɛwɔ mmepɔ mu+ no na hyɛ nkɔm tia no.+ 3 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Seir a wowɔ mmepɔ mu, me ne wo wɔ asɛm, na mɛtene me nsa wɔ wo so na mama woadane amamfo.+ 4 Mɛma wo nkuro asɛe pasaa, na woadane amamfo;+ na wobɛhu sɛ mene Yehowa, 5 ɛfiri sɛ woatan Israel firi tete;+ wɔn amanehunu berɛ ne wɔn asotwe a ɛtwa toɔ mu no, wogyaa wɔn maa wɔkunkum wɔn.”’+

6 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mete ase yi, mɛsiesie wo ama mogyahwieguo, na mogyahwieguo bɛdi w’akyi.+ Wotan mogya, enti mogyahwieguo na ɛbɛdi w’akyi.+ 7 Mɛma Seir mmepɔ asɛe pasaa,+ na mɛtwa deɛ ɔretwam ne deɛ ɔresan nyinaa afiri so. 8 Mɛma wɔakunkum nnipa ahyɛ ne mmepɔ so ma, na wɔn a wɔbɛwuwu sekan ano no bɛyɛ bebree wɔ wo nkokoɔ so, w’abɔn mu, ne wo nsubɔnten mu. 9 Mɛma woayɛ amamfo daa na wo nkuro ada mpan,+ na wobɛhu sɛ mene Yehowa.’

10 “Ɛmfa ho sɛ Yehowa no ara ka aman mmienu no ho no, wokaa sɛ, ‘Saa aman mmienu ne nsaase mmienu yi bɛyɛ me dea, na yɛbɛfa ne nyinaa.’+ 11 Enti, Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mete ase yi, sɛdeɛ ɔtan nti wo bo fuu wɔn na w’ani beree wɔn no,+ me nso me ne wo bɛdi no saa ara; na sɛ mebu wo atɛn a, mɛma nkurɔfoɔ no ahu sɛ ɛyɛ me. 12 Wobɛhu sɛ me Yehowa, mate nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ no nyinaa sɛ: “Wɔadane amamfo, na wɔde wɔn ama yɛn sɛ aduane.” 13 Mode mo ano kaa nsɛm akɛseɛ tiaa me, na mokekaa nsɛm pii tiaa me.+ Mate ne nyinaa.’

14 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mɛma woadane amamfo ama asaase nyinaa adi ahurisie. 15 Sɛdeɛ w’ani gyee sɛ Israel fie agyapadeɛ adane amamfo no, saa ara na mɛyɛ wo.+ O Seir mmepɔ, wobɛdane amamfo; ɛbɛka Edom nyinaa.+ Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’”

36 “Na wo, onipa ba, hyɛ Israel mmepɔ ho nkɔm na ka sɛ, ‘O Israel mmepɔ, montie Yehowa asɛm. 2 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɔtamfo no dii mo ho fɛ kaa sɛ, ‘Ahaa! Tete nkokoɔ no abɛyɛ yɛn dea!’”’+

3 “Enti hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Wɔasɛe mo, na wɔato ahyɛ mo so wɔ afã nyinaa, na amanaman no mufoɔ a wɔnyaa wɔn tiri didii mu* no afa mo sɛ wɔn agyapadeɛ, na daa nkurɔfoɔ keka mo ho nsɛm di mo ho nsekuro.+ 4 Enti O Israel mmepɔ, montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm! Wei na Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ mmepɔ, nkokoɔ, nsutene, abɔn, ne amamfo nkuro a ɛdeda mpan no;+ wɔn na aman a atwa ahyia no afom wɔn nneɛma adi wɔn ho fɛ.+ 5 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ wɔn nyinaa nie: ‘M’abufuhyeɛ mu+ na mɛkasa atia aman a wɔnyaa wɔn tiri didii mu ne Edom nyinaa, aman a mmoa adidibea ne nneɛma a wɔafom nti, wɔde ahurisidie kɛse ne animtiabuo* afa m’asaase ayɛ wɔn agyapadeɛ.’”’+

6 “Enti hyɛ Israel asaase ho nkɔm na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnten ne abɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, m’aniberɛ ne m’abufuo mu na mɛkasa, ɛfiri sɛ amanaman no agu mo anim ase.”’+

7 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Me ara mama me nsa so aka ntam sɛ aman a atwa mo ho ahyia no bɛsoa wɔn ara wɔn animguaseɛ.+ 8 Nanso mo, Israel mmepɔ deɛ, mobɛyiyi nkorabata na moaso aba ama me man Israel,+ ɛfiri sɛ ɛrenkyɛ na wɔasan aba. 9 Hwɛ, megyina mo akyi, na mɛtwa m’ani abɛhwɛ mo, na wɔbɛsiesie mo na wɔadua mo so aba. 10 Mɛma mo nkurɔfoɔ, Israel fie nyinaa adɔɔso, na nnipa bɛtenatena nkuro no mu,+ na wɔbɛsan akyekyere nkuro a adane amamfo no.+ 11 Aane, mɛma mo nkurɔfoɔ ne mo nyɛmmoa adɔɔso+ ayɛ bebree, na mɛma nnipa abɛtena mo nkuro mu sɛdeɛ berɛ bi na ɛteɛ no,+ na mɛma no asi mo yie asene kane no.+ Na mobɛhu sɛ mene Yehowa.+ 12 Mɛma nkurɔfoɔ, me ara me nkurɔfoɔ Israel, anante mo asaase so, na wɔbɛfa mo ayɛ wɔn agyapadeɛ.+ Na morenkunkum wɔn mma bio.’”+

13 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Weinom ka kyerɛ mo sɛ: “Woyɛ asaase a womemene nnipa na wokunkum mmɔfra a wɔwɔ w’aman mu.”’ 14 ‘Enti, woremmemene nnipa bio na worenkunkum mmɔfra a wɔwɔ w’aman mu bio,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 15 ‘Meremma amanaman no ntwa wo adapaa bio, na aman renni wo ho fɛ bio,+ na woremma w’aman nhwe ase bio.’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

16 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 17 “Onipa ba, berɛ a Israel fie te wɔn asaase so no, wɔde wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ guu asaase no ho fĩ.+ Ná wɔn akwan te sɛ brayɛ mu fĩ wɔ m’ani so.+ 18 Mogya a wɔhwie guu asaase no so ne abosom fĩ* a wɔde guu asaase no ho fĩ nti, mehwiee m’abufuo guu wɔn so.+ 19 Enti mebɔɔ wɔn hwetee aman so, na wɔpetee nsaase so.+ Mebuu wɔn atɛn sɛdeɛ wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ teɛ. 20 Na berɛ a wɔkɔɔ saa aman no so no, nkurɔfoɔ guu me din kronkron no ho fĩ,+ na wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ, ‘Yehowa nkurɔfoɔ nie, nanso wɔafiri n’asaase so kɔ.’ 21 Me din kronkron a Israel fie guu ho fĩ berɛ a wɔkɔɔ amanaman so no, mɛyɛ ho biribi.”+

22 “Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ wei, na mmom me din kronkron a moguu ho fĩ berɛ a mokɔɔ amanaman no so ntira.”’+ 23 Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mɛte me din kɛseɛ a wɔguu ho fĩ wɔ amanaman mu no ho;+ edin a moguu ho fĩ wɔ wɔn mu no. Amanaman no hu sɛ mate me din ho wɔ mo mu a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.+ 24 Mɛyi mo afiri aman so na maboaboa mo ano afiri nsaase nyinaa so de mo asan aba mo asaase so.+ 25 Mede nsuo a emu teɛ bɛpete mo so ama mo ho ate.+ Mɛte mo ho afiri deɛ mode agu mo ho fĩ nyinaa+ ne mo abosom fĩ nyinaa ho.+ 26 Mɛma mo akoma foforɔ+ na mede honhom foforɔ ahyɛ mo mu.+ Mɛyi akoma a ɛte sɛ ɛboɔ+ no afiri mo honam mu na mama mo akoma a ɛyɛ mmerɛ.* 27 Mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na mɛma moadi m’ahyɛdeɛ so,+ na moatie m’atemmusɛm adi so. 28 Moyɛ saa a, mobɛtena asaase a mede maa mo agyanom no so, na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.’+

29 “‘Mɛgye mo afiri mo fĩ nyinaa mu na mama aduane abu so; meremma ɛkɔm nne mo bio.+ 30 Mɛma nnua so aba ne afuo mu nnɔbaeɛ abu so, na ɛkɔm amma mo anim angu ase bio wɔ amanaman no mu.+ 31 Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛntene nyinaa. Na mo bɔne ne mo akyiwadeɛ nti, mo ho bɛyɛ mo ara mo ho abofono.+ 32 Nanso, monhu sɛ ɛnyɛ mo nti na mereyɛ wei.+ O Israel fie, mo akwan nti, momma mo ani nwu na mo anim ngu ase,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

33 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛda a mɛte mo ho afiri mo bɔne nyinaa ho no, mɛma nnipa abɛtenatena nkuro no mu,+ na wɔbɛsan akyekyere nkuro a adane amamfo no.+ 34 Asaase a asɛe a obiara retwam a n’ani tua sɛ ada mpan no, wɔbɛyɛ so afuo. 35 Na nkurɔfoɔ bɛka sɛ: “Asaase a na asɛe pasaa no abɛyɛ sɛ Eden turo,+ na nkuro a ɛdwiri guiɛ na ɛdanee amamfo no, wɔato ho fasuo, na nnipa abɛtena mu.”+ 36 Na aman a aka a atwa mo ho ahyia no nyinaa bɛhu sɛ me Yehowa na masi deɛ wɔdwiri guiɛ no, na madua asaase a na asɛe no so nneɛma. Me Yehowa na mekaeɛ, na mayɛ nso.’+

37 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Adeɛ a mɛsan ama Israel fie abisa afiri me hɔ na mayɛ ama wɔn nie: Mɛma wɔn ho nnipa adɔɔso sɛ nnwankuo. 38 Wɔbɛyɛ sɛ akronkronfoɔ dɔm, te sɛ Yerusalem nnwankuo* wɔ afahyɛ berɛ mu.+ Enti nnipadɔm bɛhyɛ nkuro a na asɛe no mu ma.+ Na nnipa bɛhu sɛ mene Yehowa.’”

37 Yehowa honhom* baa me so, na Yehowa nam ne honhom so de me kɔgyinaa ɛbɔn kɛseɛ no mfimfini,+ na na nnompe ayɛ mu ma. 2 Ɔmaa menantee nnompe no ntam hyiaeɛ, na mehuu sɛ nnompe ayɛ ɛbɔn no mu bebree, na na ɛho awo wesee.+ 3 Na ɔbisaa me sɛ: “Onipa ba, enti nnompe yi bɛtumi anya nkwa?” Ɛnna mekaa sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na wonim.”+ 4 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nnompe yi ho nkɔm na ka sɛ, ‘O nnompe a awo wesee, montie Yehowa asɛm:

5 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ nnompe yi nie: “Mɛma ahome aba mo mu na moanya nkwa.+ 6 Mede ntini ne ɛnam bɛtuatua mo ho na mede wedeɛ adura mo ho, na mede ahome bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa; na mobɛhu sɛ mene Yehowa.”’”

7 Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Berɛ a mehyɛɛ nkɔm no, metee nnyegyeeɛ bi, na nnompe no de kikirikikiri twe bɛneeɛ, na dompe bɛsii dompe anim. 8 Afei mehuu sɛ ntini ne nam abɛtuatua ho, na wedeɛ bɛduraa ho. Nanso na ahome biara nnim.

9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa. Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ mframa sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O mframa,* firi mframa nnan no mu bɛbɔ fa nnipa a wɔakunkum wɔn yi so na wɔnnya nkwa.”’”

10 Na mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ me no, na ahome* bɛhyɛɛ wɔn mu, na wɔnyaa nkwa, na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so.+ Ná wɔyɛ dɔm kɛseɛ paa.

11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, nnompe yi gyina hɔ ma Israel fie nyinaa.+ Wɔka sɛ, ‘Yɛn nnompe ho awo wesee, na yɛn anidasoɔ asa.+ Wɔatwa yɛn asu.’ 12 Enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Me man, mɛbuebue mo adamena ano,+ na mayi mo afiri mo adamena mu de mo akɔ Israel asaase so.+ 13 O me man, sɛ mebue mo adamena ano yi mo firi mo adamena mu a, mobɛhu sɛ mene Yehowa.”’+ 14 ‘Mede me honhom bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa,+ na mede mo bɛtena mo asaase so. Afei mobɛhu sɛ me Yehowa na mekaeɛ, na mayɛ nso,’ Yehowa asɛm nie.”

15 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 16 “Wo onipa ba, fa dua bi na twerɛ ho sɛ, ‘Yuda ne Israelfoɔ a wɔka ne ho* no dea.’+ Fa dua foforɔ nso na twerɛ ho sɛ, ‘Yosef dea, kyerɛ sɛ, dua a ɛgyina hɔ ma Efraim ne Israel fie a wɔka ne ho* nyinaa.’+ 17 Afei ka mmienu no bom ma no nyɛ dua baako wɔ wo nsam.+ 18 Sɛ wo man mufoɔ* bisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn na wei kyerɛ?’ a, 19 ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mede Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no bɛka Yuda dua ho, na mɛma no ayɛ dua baako,+ na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.”’ 20 Fa nnua a wobɛtwerɛ ho no hyɛ wo nsam ma wɔnhunu.

21 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛyi Israelfoɔ afiri aman a wɔkɔɔ so no so, na maboaboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa de wɔn aba wɔn asaase so.+ 22 Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asaase no so,+ Israel mmepɔ so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so,+ na wɔrenkɔ so nyɛ aman mmienu bio, na wɔn mu rempaapae nyɛ ahennie mmienu bio.+ 23 Wɔremfa wɔn abosom fĩ* ne wɔn akyiwadeɛ ne wɔn mmarato ngu wɔn ho fĩ bio.+ Mɛgye wɔn afiri bɔne a wɔyɛeɛ nyinaa mu, na mɛte wɔn ho. Wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.+

24 “‘“M’akoa Dawid bɛdi wɔn so hene,+ na odwanhwɛfoɔ baako ahwɛ wɔn nyinaa so.+ Wɔbɛdi m’atemmusɛm so na wɔahwɛ adi m’ahyɛdeɛ so.+ 25 Wɔbɛtena asaase a mede maa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa so no so;+ wɔne wɔn mma* ne wɔn mma mma bɛtena so daa,+ na m’akoa Dawid na ɔbɛyɛ wɔn berempɔn daa.+

26 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam;+ apam a ɛbɛtena hɔ daa. Na mede wɔn bɛdua wɔn asaase so ama wɔadɔɔso.+ Na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mfimfini afebɔɔ. 27 Mɛtena me ntomadan mu* wɔ wɔn mu* na mayɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.+ 28 Na sɛ mede me kronkronbea si wɔn mfimfini afebɔɔ a, amanaman no bɛhu sɛ me Yehowa na merete Israel ho.”’”+

38 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani si Gog a ɔfiri Magog asaase so no so,+ Mesek ne Tubal ɔberempɔn kunini no,+ na hyɛ nkɔm tia no.+ 3 Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mesek ne Tubal ɔberempɔn kunini Gog, hwɛ, me ne wo wɔ asɛm. 4 Mɛma w’adwene asesa, na mede akɔtɔkorɔ ahyehyɛ w’afono mu+ de atwe wo ne w’asraafoɔdɔm,+ apɔnkɔ ne ɛsotefoɔ a wɔhyehyɛ ntaadeɛ fɛfɛ, w’asafodɔm a wɔkurakura akyɛm akɛseɛ ne nketewa* ne nsekan nyinaa. 5 Persia, Etiopia, ne Put+ a wɔn nyinaa wɔ akyɛm nketewa ne nnadeɛ kyɛ no ka wɔn ho; 6 Gomer ne n’asraafoɔdɔm nyinaa, Togarma fie+ a wɔfiri atifi fam akyirikyiri ne n’asraafoɔdɔm nyinaa; aman pii nso ka wo ho.+

7 “‘“Siesie wo ho na yɛ krado, wo ne wo dɔm nyinaa, wɔn a wɔaboaboa wɔn ano wɔ wo nkyɛn nyinaa, na wo na wobɛdi wɔn anim.*

8 “‘“Nna pii akyi no mɛba abɛhwɛ wo. Na mfeɛ a ɛdi akyire mu no, wobɛto ahyɛ wɔn a wɔagye wɔn afiri sekan ano no asaase so, wɔne nnipa a wɔboaboaa wɔn ano firii aman pii so baa Israel mmepɔ so no; ɛfiri berɛ tenten na ayɛ amamfo. Asaase yi sofoɔ na wɔyii wɔn firii aman so baeɛ, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo.+ 9 Wobɛba wɔn so sɛ ahum, na wobɛkata asaase no so te sɛ mununkum; wo ne w’asraafoɔdɔm nyinaa ne aman pii a wɔka wo ho.”’

10 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Saa da no, biribi bɛba w’akomam na woadwene adwemmɔne. 11 Na wobɛka sɛ: “Mɛto ahyɛ asaase a ɛho da hɔ no so.*+ Mɛba wɔn a wɔte hɔ dwoodwoo na biribiara nha wɔn no so. Wɔn nyinaa tete hɔ a wɔnni fasuo, na adaban ne apono mpo wɔnni bi.” 12 W’adwene ne sɛ wobɛnya nneɛma pii afom, na woato ahyɛ amamfo a afei nnipa tete so no so,+ ne nnipa a wɔasan aboaboa wɔn ano afiri amanaman mu+ a wɔanya ahodeɛ ne agyapadeɛ pii+ no so; nnipa a wɔte asaase mfimfini no.

13 “‘Saba+ ne Dedan+ ne Tarsis adwadifoɔ+ ne n’akofoɔ* nyinaa bɛbisa wo sɛ: “Nneɛma pii a wobɛnya afom nti na worebɛto ahyɛ wɔn so yi? Woaboaboa w’asafo ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛsoa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ na woafa ahodeɛ ne agyapadeɛ, na woasesa nneɛma pii akɔ?”’

14 “Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no, worenhu anaa?+ 15 Wobɛfiri wo tenabea a ɛwɔ atifi fam akyirikyiri aba,+ wo ne aman pii a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, asafodɔm kɛseɛ, asraafoɔdɔm bebree.+ 16 Wobɛba me man Israel so te sɛ mununkum abɛkata asaase no so. Awieeɛ nna no mu no, mede wo bɛba ama woato ahyɛ m’asaase so,+ na sɛ menam wo so te me din ho wɔ amanaman no anim a, wɔahu me, O Gog.”’+

17 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛnyɛ wo na menam me nkoa adiyifoɔ a wɔwɔ Israel so kaa wo ho asɛm tete no? Wɔhyɛɛ* nkɔm mfeɛ pii sɛ mede wo bɛba ama woato ahyɛ wɔn so.’

18 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Saa da no, ɛda a Gog bɛto ahyɛ Israel asaase so no, m’abufuo bɛdɛre.+ 19 M’aniberɛ ne m’abufuo mu na mɛkasa; saa da no, asaasewosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asaase so. 20 Me nti, ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, wuram mmoa, mmoa a wɔwea fam nyinaa, ne asaase so nnipa nyinaa ho bɛpopo, na mmepɔ bɛdwiri agu,+ na abotan akɛseɛ apaapae na afasuo nyinaa adwiri agu fam.’

21 “‘Mɛma sekan aba ne so wɔ me mmepɔ nyinaa so. Na obiara bɛtwe sekan wɔ ne nua so,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 22 ‘Na mede nsanyareɛ a ɛdi awuo+ ne mogyahwieguo bɛtwe n’aso; na mɛma nsuo kɛseɛ ne asukɔtweaa+ ne egya+ ne sɔfe*+ atɔ agu ɔne n’asraafoɔdɔm ne aman bebree a wɔka ne ho no so.+ 23 Na mɛhyɛ me ho animuonyam na mate me din ho, na mɛda me ho adi wɔ aman pii anim ama wɔahu sɛ mene Yehowa.’

39 “Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog+ na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn kunini,+ me ne wo wɔ asɛm. 2 Mɛma w’adwene asesa, na mɛdi w’anim atwe wo afiri atifi fam akyirikyiri,+ na mede wo aba Israel mmepɔ so. 3 Mɛbɔ w’agyan afiri wo nsa benkum mu atwene, na mɛma wo mmɛmma afiri wo nsa nifa mu agu fam. 4 Wo ne w’asraafoɔdɔm ne aman a wɔka wo ho nyinaa bɛwuwu Israel mmepɔ so.+ Mede wo bɛyɛ aduane ama nnomaa ahodoɔ a wɔdi nam, ne wuram mmoa.”’+

5 “‘Wobɛwu wuram wɔ petee mu;+ me na maka,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

6 “‘Mede gya bɛba Magog ne wɔn a wɔte nsupɔ so dwoodwoo no so,+ na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa. 7 Mɛma wɔahu me din kronkron no wɔ me man Israel mu, na meremma wɔngu me din kronkron no ho fĩ bio, na amanaman no bɛhu sɛ mene Yehowa,+ Ɔkronkronni a ɔwɔ Israel no.’+

8 “‘Aane, ɛbɛba na ɛbɛyɛ hɔ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. ‘Wei ne da a mekaa ho asɛm no. 9 Wɔn a wɔtete Israel nkuro mu bɛfiri adi, na wɔde akodeɛ, kyerɛ sɛ, akyɛm nketewa* ne akɛseɛ, agyan, mmɛmma, mporibaa,* ne mpea bɛsɔ gya; wɔde bɛsɔ gya+ mfeɛ nson. 10 Wɔrenkɔhwehwɛ mmabaawa wɔ wuram, na wɔrenkɔ anyina wɔ kwaeɛ mu; wɔde akodeɛ na ɛbɛsɔ gya.’

“‘Wɔn a berɛ bi wɔbɛfaa wɔn nneɛma no, wɔn nso bɛfa wɔn nneɛma, na wɔn a berɛ bi wɔbɛfom wɔn nneɛma no, wɔn nso bɛfom wɔn nneɛma,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

11 “‘Saa da no, mɛma Gog+ anya asieeɛ wɔ Israel, wɔ ɛbɔn a nnipa fa mu a ɛwɔ po no apueeɛ fam no mu, na ɛbɛsi wɔn a wɔfa hɔ no kwan. Na wɔbɛsie Gog ne ne dɔm nyinaa wɔ hɔ, na wɔbɛfrɛ hɔ Hamon-Gog Bɔn.*+ 12 Israel fie de abosome nson bɛsie wɔn de ate asaase no ho.+ 13 Asaase no sofoɔ nyinaa bɛsie wɔn, na wei bɛma wɔagye din, da a mɛhyɛ me ho animuonyam no,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

14 “‘Wɔbɛyi nnipa ama wɔakyinkyini afa asaase no so daa, na wɔasie wɔn a aka asaase no so de ate ho. Wɔbɛkɔ so akyinkyini abosome nson de ahwehwɛ. 15 Sɛ wɔn a wɔfa asaase no so hu onipa dompe a, wɔbɛhyɛ no agyiraeɛ kɔsi sɛ wɔn a wɔsie nnipa no bɛba abɛsie wɔ Hamon-Gog Bɔn no mu.+ 16 Na kuro bi nso bɛwɔ hɔ a wɔfrɛ no Hamona.* Na wɔbɛte asaase no ho.’+

17 “Na wo, onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ka kyerɛ nnomaa ahodoɔ ahodoɔ ne wuram mmoa nyinaa sɛ: “Mommoaboa mo ho ano mmra. Mommɛhyiam wɔ afɔreɛ kɛse a merebɔ ama mo wɔ Israel mmepɔ so no ase.+ Mobɛdi nam anom mogya.+ 18 Mobɛdi atumfoɔ nam anom asaase so aberempɔn mogya. Wɔyɛ adwennini, nnwan mma, mpɔnkyenini, ne anantwinini; wɔn nyinaa yɛ Basan mmoa a wɔadɔre sradeɛ. 19 Na mobɛdi sradeɛ amee aboro so, na moanom mogya abobo wɔ afɔreɛ a mɛbɔ ama mo no ase.”’

20 “‘Mɛto pono ama moabɛdi apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete nteaseɛnam mu ne atumfoɔ ne akofoɔ nyinaa nam amee,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

21 “‘Mɛda m’animuonyam adi wɔ amanaman no mu, na aman nyinaa bɛhu m’atemmuo ne me tumi* a mada no adi wɔ wɔn mu no.+ 22 Ɛfiri saa da no rekɔ no, Israel fie bɛhu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. 23 Na amanaman no bɛhu sɛ Israel fie bɔne nti na wɔtuu wɔn firii wɔn man mu, na ɛsiane sɛ wɔanni me nokorɛ nti+ na mede m’anim hintaa wɔn,+ na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa,+ na wɔn nyinaa wuwuu sekan ano. 24 Sɛdeɛ wɔn bra fĩ* ne wɔn mmarato teɛ no, saa ara na me ne wɔn diiɛ, na mede m’anim hintaa wɔn.’

25 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Afei deɛ, mede Yakob asefoɔ a wɔtuu wɔn kɔɔ aman foforɔ so no bɛsan aba,+ na mahu Israel fie nyinaa mmɔbɔ,+ na mede nsi bɛbɔ me din kronkron no ho ban.*+ 26 Ɛsiane sɛ wɔanni me nokorɛ nti, wɔn anim bɛgu ase,+ na ɛno akyi no, wɔbɛtena wɔn asaase so dwoodwoo a obiara renhunahuna wɔn.+ 27 Sɛ meyi wɔn firi amanaman mu ba, na meboaboa wɔn ano firi wɔn atamfo nsaase so+ a, mɛte me din ho wɔ wɔn mu ama aman pii ahunu.’+

28 “‘Sɛ metu wɔn kɔ aman foforɔ so, na mesan kɔfa wɔn ba wɔn asaase so na mannya obiara wɔ hɔ a,+ wɔbɛhu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. 29 Merenyi m’ani mfiri wɔn so bio,+ ɛfiri sɛ mɛhwie me honhom agu Israel fie so,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

40 Berɛ a kuro no sɛeeɛ a wɔtuu yɛn firii yɛn asaase so no, mfeɛ 14 akyi na Yehowa honhom* baa me so na ɔde me kɔɔ kuro no mu wɔ afe a ɛtɔ so 25 no mfitiaseɛ, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so du pɛpɛɛpɛ.+ 2 Onyankopɔn nam anisoadehunu so de me kɔɔ Israel asaase so, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ tenten bi so.+ Na mehuu biribi te sɛ kuro wɔ bepɔ no so wɔ anaafoɔ fam.

3 Berɛ a ɔde me kɔɔ hɔ no, mehuu ɔbarima bi a ne ho te sɛ kɔbere.+ Ná ɔkura ahoma* ne demmire* a wɔde susu adeɛ.+ Ná ɔgyina kwan no ano. 4 Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, bue w’ani hwɛ na fa w’aso tie no yie, na biribiara a mɛkyerɛ wo no, hwɛ no yie, ɛfiri sɛ ɛno nti na wɔde wo baa ha. Ka deɛ wobɛhunu biara kyerɛ Israel fie.”+

5 Mehuu sɛ fasuo atwa asɔrefie* no ho ahyia. Ná ɔbarima no kura demmire a wɔde susu adeɛ, na na ne tenten bɛyɛ basafa nsia (basafa biara, wɔsusu nsayam* ka ho).* Ɔfirii aseɛ susuu fasuo no. Ná ne pipiripie yɛ demmire baako, na ne tenten nso yɛ demmire baako.

6 Afei ɔbaa ponkɛseɛ a anim kyerɛ apueeɛ fam no+ ho, na ɔforoo ne stɛps no. Berɛ a ɔsusuu ɛkwan a ɛda ponkɛseɛ no anim no, na ne tɛtrɛtɛ yɛ demmire baako, na ɛkwan a ɛda ponkɛseɛ no fã nohoa nso yɛ demmire baako. 7 Ná awɛmfoɔ pia biara tenten yɛ demmire baako, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ demmire baako. Ɛkwan a ɛda awɛmfoɔ mpia no ntam yɛ basafa nnum.+ Ɛponkɛseɛ a ɛbɛn abrannaa a anim kyerɛ asɔrefie no mu no, ɛkwan a ɛda animu no yɛ demmire baako.

8 Berɛ a ɔsusuu ponkɛseɛ no abrannaa no de rekɔ dan no mu no, na ɛyɛ demmire baako. 9 Afei ɔsusuu ponkɛseɛ no abrannaa no. Ná ɛyɛ basafa nwɔtwe. Ɔsusuu ɛho adum no, na na ɛno nso yɛ basafa mmienu. Ná ponkɛseɛ no abrannaa no anim kyerɛ asɔrefie no mu.

10 Ɛponkɛseɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no, na awɛmfoɔ mpia mmiɛnsa na ɛwɔ ɛfã biara. Ná mmiɛnsa no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ, na na ɛho adum a ɛwɔ ɛfã biara nso kɛseɛ yɛ pɛ.

11 Afei ɔsusuu ɛkwan a ɛda pono no ano hwɛɛ ne tɛtrɛtɛ. Ná ɛyɛ basafa 10, na ne tenten nso yɛ basafa 13.

12 Ɛban a wɔde agye awɛmfoɔ mpia no ho no, na animu ne akyire nyinaa yɛ basafa baako. Awɛmfoɔ mpia a ɛwɔ ɛfã biara no, na ebiara yɛ basafa nsia.

13 Afei ɔsusuu ɛpono no firii awɛmfoɔ pia baako atifi kɔsii foforɔ atifi. Ná ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. Ná akwan a ɛda apono no ano no di nhwɛanimu.+ 14 Ɔsusuu adum no. Ná ne tenten yɛ basafa 60, na ɔsusuu adihɔ hɔ aponkɛseɛ no ho adum nyinaa. 15 Ɛfiri ponkɛseɛ no ano kɔsi abrannaa no ano wɔ ɛfã nohoa yɛ basafa 50.

16 Ná mpomma a aka apua+ wowɔ awɛmfoɔ mpia ne adum no ho wɔ ɛfã biara. Abrannaa no mu nso, na mpomma wowɔ ɛfã biara. Ná mmɛdua mfoni+ wɔ adum no biara ho.

17 Afei ɔde me baa akyire hɔ adihɔ hɔ, na mehuu adidibea,+ na na wɔahyehyɛ aboɔ wɔ fam wɔ adihɔ hɔ. Ná adidibea 30 na ɛwɔ hɔ. 18 Wɔahyehyɛ aboɔ wɔ fam wɔ aponkɛseɛ no nkyɛn ma ɛne apono no tenten yɛ pɛ. Ɛhɔ wɔ fam sene adihɔ a ɛwɔ mfimfini no.

19 Na ɔsusu firii ɛponkɛseɛ no ano kɔsii adihɔ a ɛwɔ mfimfini no anim. Apueeɛ fam ne atifi fam nyinaa, na ɛyɛ basafa 100.

20 Ɛpono da adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no ano; ná anim kyerɛ atifi fam. Ɔsusuu ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ. 21 Ná awɛmfoɔ mpia mmiɛnsa wɔ ɛfã biara. Berɛ a ɔsusuu ɛho adum ne n’abrannaa no, na ɛte sɛ ɛpono a ɛdi kan no deɛ. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 22 Ne mpomma, n’abrannaa, ne ne mmɛdua a wɔayɛ wɔ ho+ no kɛseɛ te sɛ deɛ ɛwɔ ɛpono a anim kyerɛ apueeɛ fam no ho. Sɛ nkurɔfoɔ pɛ sɛ wɔkɔ hɔ a, wɔfa stɛps nson so na ɛkɔ, na abrannaa wɔ animu.

23 Ná ɛpono da adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no ano. Ɛne ponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam ne apueeɛ fam no di nhwɛanimu. Ɔsusu firii ɛpono baako ano kɔɔ foforɔ ano, na na ɛyɛ basafa 100.

24 Ɛno akyi no, ɔde me baa anaafoɔ fam, na mehuu ɛpono bi a ɛwɔ anaafoɔ.+ Ɔsusuu ɛho adum ne abrannaa no, na na ne nyinaa kɛseɛ te sɛ deɛ medii kan hunuiɛ no. 25 Ná mpomma wowɔ ɛne n’abrannaa no fã biara te sɛ mpomma a aka no. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 26 Wɔforo stɛps nson na ɛkɔ hɔ,+ na abrannaa wɔ animu. Wɔayeyɛ mmɛdua mfoni wɔ n’adum no ho, baako wɔ ha na baako wɔ ha.

27 Ná ɛponkɛseɛ bi wɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no, na na anim kyerɛ anaafoɔ fam. Na ɔsusu kɔɔ anaafoɔ fam, ɔde firii ɛpono baako ano kɔsii ɛpono foforɔ ano; ná ɛyɛ basafa 100. 28 Ɛno akyi no, ɔde me faa ponkɛseɛ a ɛwɔ anaafoɔ fam no mu kɔɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini no. Berɛ a ɔsusuu ponkɛseɛ a ɛwɔ anaafoɔ fam no, na ɛne aponkɛseɛ a aka no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. 29 Berɛ a wɔsusuu n’awɛmfoɔ mpia, ne ɛho adum ne n’abrannaa no, na ne kɛseɛ te sɛ deɛ aka no ara. Mpomma wowɔ ne fã biara, na abrannaa wɔ animu. Ná ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25.+ 30 Ná abrannaa wɔ ho nyinaa; ne tenten yɛ basafa 25 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 5. 31 N’abrannaa no, na anim kyerɛ adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no, na wɔayeyɛ mmɛdua mfoni wɔ n’adum no ho.+ Ná wɔfa stɛps nwɔtwe so na ɛkɔ hɔ.+

32 Ɔde me faa apueeɛ fam kɔɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini no. Na ɔsusuu pono no, na na ne kɛseɛ te sɛ apono a aka no ara. 33 Awɛmfoɔ mpia a ɛwɔ hɔ no, adum no, ne abrannaa no kɛseɛ te sɛ deɛ aka no ara. Ná mpomma wowɔ ɛne n’abrannaa no fã biara te sɛ mpomma a aka no. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 34 Abrannaa no, na anim kyerɛ adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no, na wɔayeyɛ mmɛdua mfoni wɔ n’adum mmienu no ho. Ná wɔfa stɛps nwɔtwe so na ɛkɔ hɔ.

35 Afei ɔde me baa ponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam no ano,+ na ɔsusuiɛ no, na ɛne deɛ aka no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. 36 Awɛmfoɔ mpia, adum no, ne abrannaa no kɛseɛ te sɛ deɛ aka no ara. Ná mpomma wowɔ ɛfã biara. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 37 N’adum anim kyerɛ akyire hɔ adihɔ hɔ, na wɔayeyɛ mmɛdua mfoni wɔ n’adum mmienu no ho. Ná wɔfa stɛps nwɔtwe so na ɛkɔ hɔ.

38 Ná adidibea a ɛpono da ano bɛn aponkɛseɛ no adum no. Ɛhɔ na na wɔhohoro nneɛma a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no ho.+

39 Ɛponkɛseɛ no abrannaa so no, na apono mmienu si ɛfã ha, ɛnna mmienu nso si ɛfã ha. Ɛso na na wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne bɔne ho afɔreɛ+ ne afɔdie afɔreɛ+ no. 40 Ná apono mmienu sisi ɛkwan a wɔfa so kɔ ponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam no ano. Ɛponkɛseɛ no abrannaa no fã foforɔ nso, na apono mmienu sisi hɔ. 41 Ná apono nwɔtwe sisi ɛponkɛseɛ no ho—nnan wɔ ɛfã ha, na nnan nso wɔ ɛfã ha. Ɛso na na wɔkum mmoa a wɔde bɔ afɔreɛ no. 42 Aboɔ a wɔasene na wɔde yɛɛ apono nnan a na wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no. Ebiara tenten yɛ basafa baako ne fã, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fã, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa baako. Nneɛma a wɔde kum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ a aka no, ɛso na na wɔde gu. 43 Ná adeɛ a wɔde nneɛma sensɛn so bobɔ dan no ho nyinaa, na na ebiara tenten yɛ nsayam baako; apono no so na na wɔde mmoa a wɔde bɔ akyɛdeɛ afɔreɛ no nam gu.

44 Ɛponkɛseɛ a ɛwɔ efie no mu no, na nnwontofoɔ adidibea wowɔ nkyɛn.+ Ná ɛwɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ wɔ ɛponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam no nkyɛn, na na anim kyerɛ anaafoɔ fam. Ná adidibea foforɔ nso wɔ ponkɛseɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no ho, na anim kyerɛ atifi fam.

45 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Adidibea a anim kyerɛ anaafoɔ fam yi yɛ asɔfoɔ a asɔrefie hɔ adwuma hyɛ wɔn nsa no dea.+ 46 Adidibea a anim kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a afɔrebukyia no ho adwuma hyɛ wɔn nsa no dea.+ Wɔyɛ Sadok mma+ a wɔfiri Lewi abusua mu. Wɔn na wɔmaa wɔn adwuma sɛ wɔmmra Yehowa anim mmɛsom.”+

47 Ɛnna ɔsusuu adihɔ a ɛwɔ mfimfini no. Ná ne tenten yɛ basafa 100, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 100; n’afã nnan nyinaa yɛ pɛ. Ná afɔrebukyia no si asɔrefie no anim.

48 Afei ɔde me baa asɔrefie no abrannaa so, na ɔsusuu abrannaa no dum no, na na ɛfã baako yɛ basafa nnum, ɛnna ɛfã baako nso yɛ basafa nnum. Ná ponkɛseɛ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmiɛnsa wɔ ɛfã baako, na ɛfã baako nso yɛ basafa mmiɛnsa.

49 Abrannaa no tenten yɛ basafa 20, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 11.* Wɔforo stɛps na ɛkɔ hɔ, na adum foforɔ sisi adum no ho, baako wɔ ha, na baako nso wɔ ha.+

41 Afei ɔde me baa kronkronbea* hɔ, na ɔsusuu ɛho adum no. Ná ɛfã baako tɛtrɛtɛ yɛ basafa* nsia, na ɛfã baako nso tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia. 2 Ná ɛkwan a ɛda ano no tɛtrɛtɛ yɛ basafa du, na adum a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no yɛ basafa nnum wɔ ɛfã ha, ɛnna basafa nnum nso wɔ ɛfã ha. Ɔsusuu ɛdan no tenten, na na ɛyɛ basafa 40, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 20.

3 Afei ɔkɔɔ mu* kɔsusuu ɛkwan no ano adum no; ná ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu; ɛkwan no nso, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia, na ɛkwan no ano adum no tɛtrɛtɛ yɛ basafa nson. 4 Afei ɔsusuu ɛdan a ne kwan hwɛ kronkronbea no; ná ne tenten yɛ basafa 20, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20.+ Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wei ne Kronkron Mu Kronkronbea no.”+

5 Ɛnna ɔsusuu asɔredan no fasuo, na na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia. Nkyɛnmu mpia no, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan.+ 6 Ná nkyɛnmu mpia no yɛ aborosan a ɛtoa so mmiɛnsa; ɛfã biara, mpia 30 na ɛwɔ hɔ. Ná wɔayeyɛ biribi ahyehyɛ ɛdan no mu a ɛkurakura mpia no, nanso na ɛmpue.+ 7 Akwan* mmienu na wɔfa so foro kɔ mpia no mu; baako wɔ asɔredan no fã ha na baako nso wɔ ɛfã nohoa. Akwan no nwonwan;+ aseɛ hɔ mpia no mu na ɛfiri kɔfa mfimfini deɛ no mu kɔ soro, na ɛrekɔ soro nyinaa na emu retrɛ.

8 Mehuu sɛ bamma bi atwa asɔredan no ho nyinaa ahyia. Nkyɛnmu mpia no fapem, ɛfiri fam kɔsi ne ntwea so yɛ demmire baako, kyerɛ sɛ, basafa nsia. 9 Fasuo a ɛwɔ nkyɛnmu mpia no akyi tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, na na ɛkwan* da asɔredan no nkyɛnmu mpia ho a ɛka dan no ho.

10 Ɛkwan a ɛdeda asɔredan no ne adidibea no ntam no+ yɛ basafa 20 wɔ ɛfã biara. 11 Ɛfiri nkyɛnmu mpia no so bɛsi baabi a wɔagya ato hɔ no, apono ano kwan da hɔ; baako hwɛ atifi fam na baako hwɛ anaafoɔ fam. Baabi a wɔagya ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, na ɛtwa ɛdan no ho hyia.

12 Ɛdan a ɛwɔ atɔeɛ fam a ɛhwɛ baabi a wɔagya ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa 70, na ne tenten yɛ basafa 90. Ɛdan no fasuo pipiripie yɛ basafa nnum wɔ baabiara.

13 Ɔsusuu asɔredan no; ná ne tenten yɛ basafa 100. Baabi a wɔagya ato hɔ no ne ɛdan no* ne n’afasuo no nso tenten yɛ basafa 100. 14 Asɔredan no anim a ɛhwɛ apueeɛ fam ne baabi a wɔagya ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa 100.

15 Ɔsusuu ɛdan no akyi, deɛ ɛhwɛ baabi a wɔagya ato hɔ no ne n’abrannaa a ɛwɔ ɛfã ha ne ɛfã ha no; ná ne tenten yɛ basafa 100.

Afei ɔsusuu Kronkronbea no, Kronkron Mu Kronkronbea no,+ ne adihɔ hɔ abrannaa no nyinaa, 16 ɛne apono no ano kwan, mpomma a aka apua,+ ne abrannaa a ɛwowɔ mmeaeɛ mmiɛnsa no nyinaa. Ná wɔde nnua asɛm ɛpono no ano nyinaa ahyia,+ ɛfiri fam kɔpem mpomma no ano, na na wɔde adeɛ agye mpomma no ho. 17 Ɔsusuu ɛpono no atifi, asɔredan no mu ne akyire, ne ɛdan no ho nyinaa hyiaeɛ. 18 Ná wɔayeyɛ kerubim+ ne mmɛdua agu dan no ho nyinaa,+ na abɛdua baako wɔ kerubim mmienu biara ntam; kerubim no biara wɔ anim mmienu. 19 Ná anim a ɛyɛ onipa anim no kyerɛ abɛdua no fã ha, ɛnna anim a ɛyɛ gyata* anim no kyerɛ abɛdua no fã ha;+ wɔayeyɛ wɔ asɔredan no mu nyinaa. 20 Ná wɔayeyɛ kerubim ne mmɛdua wɔ asɔredan no ho, ɛfiri fam kɔpem ɛpono no atifi.

21 Asɔredan no aponnwa* no afã nnan nyinaa yɛ pɛ.+ Ná biribi wɔ kronkronbea* no anim te sɛ 22 afɔrebukyia a wɔde dua ayɛ,+ na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa mmiɛnsa, na ne tenten yɛ basafa mmienu. Ɛwɔ adum wɔ ne ntwea so, na wɔde dua ayeyɛ aseɛ* ne ne nkyɛnmu nyinaa. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wei ne ɛpono a ɛsi Yehowa anim no.”+

23 Asɔredan no Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no, apono mmienu na na ɛda ebiara ano.+ 24 Apono a ɛda ano no mu biara bɔ ho mmienu, na ɛtumi bue kɔ animu ne akyire. 25 Ná wɔayeyɛ kerubim ne mmɛdua agu asɔredan no apono ho, te sɛ deɛ wɔayɛ no ɛdan no ho no.+ Afei nso, na wɔabobɔ nnua* akata abrannaa a ɛwɔ akyire hɔ no atifi. 26 Ná mpomma a aka apua+ nso wowɔ abrannaa no ho, na na wɔayeyɛ mmɛdua agu abrannaa no ho wɔ ɛfã ha ne ɛfã ha. Ná wɔayeyɛ bi nso agu asɔredan no nkyɛnmu mpia ne abrannaa no akyi nkatasoɔ no ho.

42 Afei ɔde me firii adi kɔɔ adihɔ a ɛkyerɛ atifi fam no.+ Na ɔde me baa adidibea a ɛbɛn baabi a wɔagya ato hɔ no,+ ɛdan a ɛbɔ ho no atifi fam.+ 2 Ne kwan a ɛda atifi fam no tenten yɛ basafa* 100, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50. 3 Adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no yɛ basafa 20,+ na ɛno ne akyire hɔ adihɔ no fã a wɔahyehyɛ aboɔ wɔ fam no ntam na na adidibea no wɔ. Ɛhɔ abrannaa no toa so mmiɛnsa, na ɛdi nhwɛanimu. 4 Ná ɛkwan bi da adidibea no anim+ wɔ mfimfini hɔ a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10, na ne tenten yɛ basafa 100,* na na ano kwan hwɛ atifi fam. 5 Adidibea a ɛwɔ soro no mu susua sene aseɛ ne mfimfini deɛ no, ɛfiri sɛ abrannaa a ɛda ɛdan no anim no gyee kwan a ɛwɔ hɔ no fã kɛseɛ no ara. 6 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, na adan no toa so mmiɛnsa, nanso na ɛnni adum a ɛgyina so te sɛ adihɔ hɔ deɛ no. Ne saa nti, wɔamma ɔsoro hɔ antrɛ te sɛ aseɛ hɔ ne mfimfini hɔ.

7 Ɛrekɔ adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no, na wɔde aboɔ ato fasuo wɔ adidibea a ɛsesa so no nkyɛn, na na ɛne adidibea a ɛsesa so wɔ nohoa no di nhwɛanimu. Ne tenten yɛ basafa 50. 8 Adidibea a ɛbɛn akyire hɔ adihɔ no tenten yɛ basafa 50, na deɛ ɛbɛn kronkronbea no yɛ basafa 100. 9 Sɛ obi firi akyire hɔ adihɔ hɔ reba adidibea hɔ a, ɔbɛfa ɛkwan bi a ɛwɔ apueeɛ fam so aforo aba hɔ.

10 Adihɔ no fasuo a ɛkyerɛ apueeɛ fam no, sɛ wowura mu a, na adidibea wowɔ mu. Ná ɛbɛn baabi a wɔagya ato hɔ no ne ɛdan no.+ 11 Ná ɛkwan da animu te sɛ adidibea a ɛwɔ atifi fam no.+ Ná ne nyinaa tenten ne ne tɛtrɛtɛ yɛ pɛ, baabi a wɔfa pue ne ne yɛbea nyinaa yɛ pɛ. Ná akwan a 12 ɛdeda ano no te sɛ adidibea a ɛwɔ anaafoɔ fam no. Ɔfasuo a ɛbɛn hɔ wɔ apueeɛ fam no, na ɛkwan da ano a wɔfa mu bɛsi kwan no so.+

13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Adidibea a ɛwɔ atifi ne adidibea a ɛwɔ anaafoɔ a ɛbɛn baabi a wɔagya ato hɔ+ no yɛ adidibea kronkron. Ɛhɔ na asɔfoɔ a wɔba Yehowa anim no di ade kronkron paa no.+ Ɛhɔ nso na wɔde nneɛma kronkron paa no, nneɛma a wɔde bɔ aduane afɔreɛ, bɔne ho afɔreɛ, ne afɔdie afɔreɛ no gu, ɛfiri sɛ ɛhɔ yɛ kronkron.+ 14 Sɛ asɔfoɔ no ba mu a, ɛnsɛ sɛ wɔfiri Kronkronbea hɔ kɔ akyire hɔ adihɔ hɔ, gye sɛ wɔayi wɔn ntaadeɛ a wɔde som no agu hɔ,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. Sɛ wɔrekɔ baabi a ɔmanfoɔ nyinaa tumi ba no a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntaadeɛ foforɔ ansa na wɔakɔ hɔ.”

15 Berɛ a ɔsusuu asɔredan no mfimfini* wieeɛ no, ɔde me faa ɛpono a ɛhwɛ apueeɛ fam no mu firii adi,+ na ɔsusuu hɔ nyinaa.

16 Ɔde demmire* susuu ɛfã a ɛwɔ apueeɛ fam no. Berɛ a ɔsusuiɛ no, na ɛfiri tire kɔsi tire yɛ demmire 500.

17 Ɔde demmire susuu atifi fam, na ɔnyaa 500.

18 Ɔsusuu anaafoɔ fam, na ɔnyaa 500.

19 Afei ɔkɔɔ atɔeɛ fam de demmire kɔsusuiɛ, na ɔnyaa 500.

20 Ɔsusuu afã nnan no nyinaa, na na fasuo atwa ho nyinaa ahyia;+ ne tenten yɛ demmire 500, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ demmire 500.+ Ná fasuo no akyɛ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron ne baabi a obiara tumi kɔ no mu.+

43 Afei ɔde me kɔɔ ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano.+ 2 Ɛhɔ na mehuu sɛ Israel Nyankopɔn animuonyam firi apueeɛ fam reba.+ Ná ne nne te sɛ nsuo pii a ɛreworo so,+ na n’animuonyam maa asaase hyerɛneeɛ.+ 3 Deɛ mehunuiɛ no, na ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no m’ani so berɛ a mebaa sɛ merebɛsɛe* kuro no, na na ɛte sɛ deɛ mehuu wɔ Asubɔnten Kebar ho+ no; ɛnna mede m’anim butuu fam.

4 Afei Yehowa animuonyam faa ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no mu baa asɔrefie* hɔ.+ 5 Ɛnna honhom bi maa me so baa adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no, na mehuu sɛ Yehowa animuonyam ahyɛ asɔrefie hɔ ma.+ 6 Afei metee sɛ obi a ɔwɔ asɔrefie hɔ ne me rekasa, na ɔbarima no bɛgyinaa me nkyɛn.+ 7 Ɔka kyerɛɛ me sɛ:

“Onipa ba, ɛha na m’ahennwa si+ na ɛha na me nan sisi;+ mɛtena Israelfoɔ mu akɔsi daa.+ Israel fie ne wɔn ahemfo renkɔ so mfa wɔn adwamammɔ* ne wɔn ahemfo a wɔawuwuo no afunu ngu me din kronkron no ho fĩ.+ 8 Wɔsii wɔn pono wɔ me pono ho na wɔde wɔn aponnwa sii m’aponnwa nkyɛn de yɛɛ akyiwadeɛ guu me din kronkron no ho fĩ; ɔfasuo kɛkɛ na na ɛtwa me ne wɔn ntam.+ Enti mede abufuo sɛee wɔn pasaa.+ 9 Afei ma wɔnyi wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu no mfiri me nkyɛn nkɔ akyirikyiri, na mɛtena wɔn mu daa.+

10 “Na wo, onipa ba, ka asɔrefie no ho asɛm kyerɛ Israel fie+ na wɔn ani nwu wɔn bɔne ho,+ na wɔnhwɛ sɛdeɛ ɛdan no plan teɛ na wɔnhu no yie.* 11 Sɛ deɛ wɔayɛ no nyinaa ma wɔn ani wu a, fa asɔrefie no plan, ɛho nhyehyɛeɛ, n’akwan a wɔde firi adi, ne n’akwan a wɔde ba mu no kyerɛ wɔn.+ Fa ne plan nyinaa, ɛho ahyɛdeɛ ne ɛho mmara kyerɛ wɔn, na twerɛ wɔ wɔn anim, na wɔnhu ne plan, na wɔnni ɛho ahyɛdeɛ so.+ 12 Wei ne asɔrefie no ho mmara. Bepɔ no so nsaase nyinaa yɛ ade kronkron paa.+ Hwɛ, wei ne asɔrefie no ho mmara.

13 “Sɛdeɛ wɔasusu afɔrebukyia no wɔ basafa mu nie+ (basafa biara, nsayam* baako da so).* Aseɛ no tenten yɛ basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. Anoano a atwa ho ahyia no bɛyɛ nsayam mmiɛnsa. Saa na afɔrebukyia no ase teɛ. 14 Ɛfiri aseɛ hɔ kɔsi mfemfamho a ɛwɔ fam no yɛ basafa mmienu, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. Ɛfiri mfemfamho ketewa no so kɔsi mfemfamho kɛseɛ no so yɛ basafa nnan, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. 15 Afɔrebukyia no so beaeɛ a wɔsɔ gya no tenten yɛ basafa nnan, na mmɛn nnan sisi afɔrebukyia no so.+ 16 Beaeɛ a wɔsɔ gya no wɔ afã nnan, ne tenten yɛ basafa 12, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 12.+ 17 Mfemfamho kɛseɛ no wɔ afã nnan, na ɛfã biara tenten yɛ basafa 14, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 14. Deɛ wɔde atoto ano ahyia no yɛ basafa fã, na aseɛ no nyinaa yɛ basafa baako.

“Ne stɛps hwɛ apueeɛ fam.”

18 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Sɛ wɔyɛ afɔrebukyia sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ na wɔmfa mogya mpete so a, wei ne ɛho akwankyerɛ.’+

19 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Fa nantwinini kumaa baako ma Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔyɛ Sadok asefoɔ a wɔba m’anim bɛsom me no, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔreɛ.+ 20 Fa ne mogya no bi sosɔ mmɛn nnan no ne mfemfamho kɛseɛ no ntwea nnan ne deɛ wɔde atoto ano ahyia no so, na dwira ho na pata ma no.+ 21 Afei fa nantwinini kumaa a wɔde rebɔ bɔne ho afɔreɛ no na kɔhye no kronkronbea no akyi,+ baabi a wɔayi wɔ asɔrefie hɔ no. 22 Da a ɛtɔ so mmienu no, fa apɔnkyenini a dɛm nni ne ho bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ, na ɛnnwira afɔrebukyia no ho mfiri bɔne ho sɛdeɛ wɔde nantwinini kumaa no dwiraa ho no.’

23 “‘Sɛ wodwira ho wie a, wode nantwinini kumaa a dɛm nni ne ho ne odwennini a dɛm nni ne ho bɛba. 24 Wode bɛba Yehowa anim, na asɔfoɔ no de nkyene apete so+ na wɔde abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama Yehowa. 25 Da biara wode apɔnkyenini bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ nnanson,+ na wode nantwinini kumaa ne odwennini nso bɛbɔ afɔreɛ; ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmoa a dɛm biara nni wɔn ho.* 26 Wɔbɛpata ama afɔrebukyia no nnanson, na wɔbɛte ho ayɛ no krado. 27 Sɛ saa nna no ba awieeɛ a, ɛfiri da a ɛtɔ so nwɔtwe+ rekɔ no, asɔfoɔ no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ ama mo;* na m’ani begye mo ho,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

44 Ɔsan de me baa asɔrefie no ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no+ ho, nanso na wɔato mu.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛpono yi, wɔato mu afebɔɔ. Wɔremmue, na ɔdasani biara remfa mu, ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn Yehowa afa mu,+ enti wɔato mu afebɔɔ. 3 Na ɔberempɔn no deɛ, ɔberempɔn a ɔyɛ nti, ɔbɛtena hɔ adidi* wɔ Yehowa anim.+ Na ɔbɛfa ponkɛseɛ no abrannaa kwan no so aba hɔ na wafa hɔ afiri adi.”+

4 Afei ɔde me faa ponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam no mu baa asɔrefie no anim. Berɛ a mehwɛeɛ no, mehuu sɛ Yehowa animuonyam ahyɛ Yehowa asɔrefie hɔ ma.+ Enti mede m’anim butuu fam.+ 5 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, Yehowa asɔrefie ho ahyɛdeɛ ne ɛho mmara a mereka akyerɛ wo yi, ma w’adwene mmra so yie,* fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie ne nyinaa. Ɛkwan a wɔfa so ba asɔrefie hɔ ne deɛ wɔfa so pue firi kronkronbea hɔ nyinaa, hwɛ no yie.+ 6 Ma Israel fie a wɔyɛ atuatefoɔ no aso nte sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Israel fie, mo akyiwadeɛ no adɔɔso. 7 Sɛ mode ahɔhoɔ a wɔntwaa wɔn akoma twetia na wɔntwaa twetia ɔhonam mu ba me kronkronbea hɔ a, wɔgu m’asɔrefie ho fĩ. Mode m’aduane,* sradeɛ ne mogya ba bɛbɔ afɔreɛ, berɛ a akyiwadeɛ a moyɛ nyinaa nti nkurɔfoɔ bu m’apam so. 8 Moanhwɛ me nneɛma kronkron so.+ Mmom no, mode kronkronbea hɔ nnwuma no ahyehyɛ nnipa foforɔ nsa.”’

9 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɔhɔhoɔ biara a ɔte Israel a ɔntwaa n’akoma twetia na ɔntwaa twetia ɔhonam mu no remma me kronkronbea hɔ.”’

10 “‘Na Lewifoɔ a wɔtwee wɔn ho firii me ho+ berɛ a Israelfoɔ firii m’akyi kɔdii wɔn abosom fĩ* akyi no bɛsoa wɔn bɔne. 11 Na wɔbɛsom wɔ me kronkronbea hɔ ahwɛ asɔrefie no aponkɛseɛ no so+ na wɔasom wɔ asɔrefie hɔ. Wɔbɛkum mmoa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ foforɔ ama ɔman no, na wɔbɛgyina wɔn anim asom wɔn. 12 Ɛsiane sɛ wɔsom ɔman no wɔ wɔn abosom fĩ no anim na wɔde suntidua too hɔ maa Israel fie yɛɛ bɔne nti,+ mama me nsa so atia wɔn, na wɔn bɔne ho nsunsuansoɔ bɛba wɔn tiri so,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 13 Wɔremma m’anim mmɛsom sɛ m’asɔfoɔ, na wɔremma me nneɛma a ɛyɛ kronkron anaa deɛ ɛyɛ kronkron paa no biara ho, na akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ nti, wɔbɛsoa wɔn animguaseɛ. 14 Nanso mɛma wɔahwɛ asɔrefie hɔ ayɛ emu som adwuma nyinaa ne biribiara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ hɔ.’+

15 “‘Na Sadok mma,+ Lewi asɔfoɔ a wɔhwɛɛ me kronkronbea hɔ berɛ a Israelfoɔ twee wɔn ho firii me ho+ no deɛ, wɔbɛba m’anim abɛsom me na wɔde sradeɛ ne mogya abɔ afɔreɛ ama me,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 16 ‘Wɔn na wɔbɛba me kronkronbea hɔ, na wɔbɛba me pono ho abɛsom me+ na wɔabɛyɛ nnwuma a mede ama wɔn no.+

17 “‘Sɛ wɔba mfimfini hɔ adihɔ no aponkɛseɛ ano a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ataadeɛ.+ Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ biribiara a wɔde kuntu ayɛ berɛ a wɔresom wɔ mfimfini adihɔ no apono ano anaa berɛ a wɔawura mu no. 18 Ɛsɛ sɛ wɔde nwera abotire bɔ wɔn ti, na wɔhyɛ nwera nika* kata wɔn asene.+ Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ biribiara a ɛbɛma fifire ate wɔn. 19 Ansa na wɔbɛkɔ ɔmanfoɔ no mu wɔ akyire hɔ adihɔ hɔ no, wɔnyi wɔn ntaadeɛ a wɔde someeɛ no+ ngu adidibea kronkron no mu+ na wɔnhyɛ ntaadeɛ foforɔ, na wɔn ntaadeɛ no amma ɔmanfoɔ no anyɛ kronkron.* 20 Ɛnsɛ sɛ wɔwerɛ wɔn tiri ho,+ na ɛnsɛ sɛ wɔgya gu so kuhaa. Mmom ɛsɛ sɛ wɔtwitwa so. 21 Sɛ asɔfoɔ no kɔsom wɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã.*+ 22 Ɛnsɛ sɛ wɔware ɔbaa kunafoɔ anaa ɔbaa a ne kunu agyaa no;+ mmom wɔnware Israel fie baabunu anaa okunafoɔ a na ne kunu yɛ ɔsɔfoɔ.’+

23 “‘Wɔnkyerɛ me man nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam; na wɔmma wɔnhunu nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ ntam.+ 24 Sɛ asɛm bi sɔre a, wɔntena so mmu atɛn;+ m’atemmusɛm so na wɔnnyina mmu atɛn.+ Wɔnni m’afahyɛ nyinaa ho mmara ne ahyɛdeɛ no so+ na wɔnyɛ me home nna kronkron. 25 Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ ɔdasani biara funu ho, anyɛ saa a wɔn ho bɛgu fĩ. Nanso wɔn papa, wɔn maame, wɔn babarima, wɔn babaa, wɔn nuabarima, anaa wɔn nuabaa a ɔnwareeɛ deɛ, wɔbɛtumi ama wɔn funu agu wɔn ho fĩ.+ 26 Sɛ ɔsɔfoɔ dwira ne ho wie a, wɔnkan nnanson mma no. 27 Da a ɔbɛba abɛsom wɔ Kronkronbea hɔ, mfimfini hɔ adihɔ hɔ no, ɔmfa ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ mmra,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

28 “‘Wɔn agyapadeɛ nie: Mene wɔn agyapadeɛ.+ Mommma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel, ɛfiri sɛ mene wɔn kyɛfa. 29 Aduane afɔreɛ,+ bɔne ho afɔreɛ, ne afɔdie afɔreɛ no,+ wɔn na wɔbɛdie. Na biribiara a wɔahyira so wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea.+ 30 Aba nyinaa mu deɛ ɛbɛdi kan aso ne mo ntoboa nyinaa mu no, momfa deɛ ɛdi mu mma asɔfoɔ no.+ Momfa esiam a ɛdi kan mma ɔsɔfoɔ,+ na ama nhyira atena mo fie.+ 31 Ɛnsɛ sɛ asɔfoɔ we anomaa anaa aboa funu biara anaa aboa biara a wɔatete ne mu.’+

45 “‘Sɛ morekyɛ asaase no sɛ mo agyapadeɛ a,+ montwa bi mfa nyɛ ntoboa mma Yehowa; saa asaase no bɛyɛ kronkron.+ Ne tenten nyɛ basafa* 25,000, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 10,000.+ Asaase no nyinaa bɛyɛ kronkron.* 2 Ebi na mobɛtwa ama Kronkronbea no; saa asaase yi, momma ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyinaa nyɛ basafa 500*+—momma afã nnan no nyinaa nyɛ pɛ. Na asaase a mmoa bɛdidi so bɛyɛ basafa 50 wɔ ɛfã biara.+ 3 Monsusu asaase a ne tenten yɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10,000 wɔ asaase no so, na ɛhɔ na wɔde asɔrefie no bɛsi; ɛbɛyɛ ade kronkron paa. 4 Ɛbɛyɛ beaeɛ kronkron wɔ asaase no so ama asɔfoɔ+ a wɔba Yehowa anim bɛsom wɔ kronkronbea hɔ no.+ Ɛhɔ na wɔbɛsisi wɔn adan, na ɛbɛyɛ beaeɛ kronkron ama asɔrefie no.

5 “‘Lewifoɔ a wɔsom wɔ asɔrefie hɔ no, wɔbɛma wɔn asaase a ne tenten yɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10,000.+ Na wɔbɛnya adidibea 20.+

6 “‘Montwa kuro no asaase a ne tenten yɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 5,000 nto hɔ (ma ɛne ntoboa kronkron no tenten nyɛ pɛ).+ Ɛbɛyɛ Israel fie nyinaa dea.

7 “‘Na ɔberempɔn no asaase bɛda ntoboa kronkron no ne kuro no asaase benkum ne ne nifa so. Ɛbɛda ntoboa kronkron no ne kuro no asaase nkyɛn. Baako bɛda atɔeɛ fam na baako ada apueeɛ fam. Ɛfiri n’asaase no atɔeɛ fam hyeɛ so rekɔ apueeɛ fam hyeɛ so no, ne tenten ne abusuakuo baako asaase a wɔatwa ama wɔn no tenten bɛyɛ pɛ.+ 8 Asaase yi bɛyɛ n’agyapadeɛ wɔ Israel. Na m’aberempɔn rentan me man ani bio,+ na wɔde asaase no bɛma Israel fie sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.’+

9 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ayɛ yie, Israel aberempɔn!’

“‘Monnyae atirimuɔdensɛm ne nhyɛsoɔ no, na mommu atɛntenenee nni asɛntenenee.+ Me man agyapadeɛ a mohwim firi wɔn nsam no, monnyae,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 10 ‘Sɛ mode nsenia,* efa susudeɛ,* ne bat susuhina* resusu adeɛ a, monsusu no pɛpɛɛpɛ.+ 11 Ɛsɛ sɛ efa susudeɛ ne bat susuhina yɛ baako. Bat du na ɛbɛkɔ homar* baako mu, na efa du na ɛbɛkɔ homar baako mu. Homar na wɔbɛgyina so asusu adeɛ. 12 Dwetɛbena*+ baako bɛyɛ gerah* 20. Na nnwetɛbena 20 ne nnwetɛbena 25 ne nnwetɛbena 15 na ɛbɛka abom ayɛ mane* baako ama mo.’

13 “‘Wei ne ntoboa a momfa mmra: hwiit homar baako biara, momfa efa nkyɛmu nsia mu baako mfiri mu, na baali* homar baako biara nso, momfa efa nkyɛmu nsia mu baako mfiri mu. 14 Ngo no nso, momfa bat susuhina nsusu. Bat yɛ kor* nkyɛmu du mu baako. Na bat du na ɛwɔ homar baako mu, ɛfiri sɛ bat du na ɛka bom yɛ homar baako. 15 Israel nnwan 200 biara, monyi odwan baako mfiri mu mfa mmra. Wɔmfa saa nneɛma yi nyinaa mmɔ aduane afɔreɛ+ ne ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne asomdwoeɛ afɔreɛ,+ na wɔmfa mpata mma ɔman no,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

16 “‘Asaase no sofoɔ nyinaa de ntoboa+ yi bɛma Israel ɔberempɔn no. 17 Sɛ Israel fie redi afahyɛ anaa bosome foforɔ anaa Homeda+ biara anaa nnapɔnna biara+ a, ɔberempɔn no na ɔde ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne aduane afɔreɛ+ ne nsã afɔreɛ ho nneɛma bɛba.+ Ɔno na ɔde bɔne ho afɔreɛ, aduane afɔreɛ, ɔhyeɛ afɔreɛ, ne asomdwoeɛ afɔreɛ ho nneɛma bɛba ama wɔde apata ama Israel fie.’

18 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, fa nantwinini kumaa a dɛm nni ne ho dwira kronkronbea no ho.+ 19 Ɔsɔfoɔ no de aboa a wɔde rebɔ bɔne ho afɔreɛ no mogya no bi bɛyɛ asɔrefie no aponnwa ho,+ afɔrebukyia no mfemfamho no ntwea nnan no so, ne mfimfini hɔ adihɔ pono no ho. 20 Bosome no da a ɛtɔ so nson no, saa ara na wobɛyɛ, ɛfiri sɛ ebia na obi adi mfomsoɔ berɛ a n’ani nna ne ho so+ anaasɛ ɔnnim mpo sɛ wadi mfomsoɔ; afei mompata mma asɔrefie no.+

21 “‘Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 no, mobɛdi Twam Afahyɛ no.+ Momfa nnanson nni paanoo a mmɔka* nnim no.+ 22 Saa da no, ɔberempɔn no de nantwinini kumaa bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ama ɔne ɔman no nyinaa.+ 23 Nnanson a wɔde bɛdi afahyɛ no nyinaa mu no, da biara ɔde anantwinini nkumaa nson ne adwennini nson a dɛm nni wɔn ho bɛba ama wɔde abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama Yehowa nnanson;+ wɔde apɔnkyenini nso bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ da biara. 24 Nantwinini kumaa biara, ɔmfa aduane efa baako nka ho, na odwennini biara nso, ɔmfa efa baako nka ho mmɔ aduane afɔreɛ, na aduane efa biara nso ɔmfa ngo hin* baako nka ho.

25 “‘Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so 15, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ saa ara nnanson,+ na ɔmfa afɔrebɔdeɛ no ara bi mmra; deɛ wɔde bɔ bɔne ho afɔreɛ, ɔhyeɛ afɔreɛ, aduane afɔreɛ, ne ngo no.’”

46 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Mfimfini hɔ adihɔ no ponkɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ no,+ wɔnto mu+ nnansia a wɔde yɛ adwuma no nyinaa,+ nanso sɛ ɛduru Homeda anaa bosome foforɔ a, wɔmmue. 2 Ɔberempɔn no mfiri abɔnten mfa ponkɛseɛ no abrannaa kwan no so+ mmɛgyina aponnwa no ano. Asɔfoɔ no mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ mma no, na ɔmmɔ ne mu ase wɔ ɛpono no ano na ɔmfiri adi. Nanso wɔrento ɛpono no mu kɔsi anwummerɛ. 3 Sɛ ɛduru Homeda ne bosome foforɔ+ a, ɔman no* nso mmɛbɔ wɔn mu ase Yehowa anim wɔ ɛpono no ano.

4 “‘Ɛduru Homeda a, ɔberempɔn no mfa adwennini nkumaa nsia a dɛm nni wɔn ho ne odwennini a dɛm nni ne ho+ mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa. 5 Aduane afɔreɛ nso, ɔmfa aduane efa* baako nka odwennini no ho; adwennini nkumaa no deɛ, ɔmfa aduane a ne nsa bɛso so nka ho, na aduane efa biara nso, ɔmfa ngo hin* baako nka ho.+ 6 Bosome foforɔ duru a, ɔmfa nantwinini kumaa, adwennini nkumaa nsia, ne odwennini mmra; ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmoa a dɛm biara nni wɔn ho.+ 7 Ɔmfa aduane efa baako nka nantwinini kumaa no ho na ɔmfa efa baako nso nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔreɛ, na adwennini nkumaa no deɛ, ɔmfa aduane a ne nsa bɛso so nka ho. Aduane efa baako biara nso, ɔmfa ngo hin baako nka ho.

8 “‘Sɛ ɔberempɔn no reba mu a, ɔmfa ponkɛseɛ no abrannaa so mmra, na sɛ ɔrefiri adi nso a, ɔmfa hɔ ara nkɔ.+ 9 Na sɛ ɔman no reba Yehowa anim wɔ afahyɛ mmerɛ no mu+ abɛsom a, deɛ ɔbɛfa atifi fam ponkɛseɛ no mu+ aba no mfa anaafoɔ fam ponkɛseɛ no mu+ mfiri adi; na deɛ ɔbɛfa anaafoɔ fam pono no mu aba no mfa atifi fam pono no mu mfiri adi. Obiara nnsan n’akyi nnkɔfa ɛpono a ɔfaa mu baeɛ no mu mmfiri adi; ɔmfa ɛpono a ɛda n’anim no mu nkɔ. 10 Ɔberempɔn a ɔka wɔn ho no, sɛ wɔreba mu a, ɔne wɔn mmra, na sɛ wɔrefiri adi a, ɔnka wɔn ho nkɔ. 11 Sɛ ɛduru afahyɛ berɛ anaa nnapɔnna a, weinom na wɔmfa mmɔ aduane afɔreɛ: Ɔmfa aduane efa baako nka nantwinini kumaa no ho, na ɔmfa efa baako nso nka odwennini no ho, na adwennini nkumaa no deɛ, ɔmfa aduane a ne nsa bɛso so nka ho, na aduane efa biara nso, ɔmfa ngo hin baako nka ho.+

12 “‘Sɛ ɔberempɔn no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ+ anaa asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛbɔ ayamyɛ afɔreɛ ma Yehowa a, wɔmmue ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ fam no mma no, na ɔmfa deɛ ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ no mmra sɛdeɛ ɔyɛ Homeda no.+ Na sɛ ɔfiri adi a, wɔnto pono no mu.+

13 “‘Fa odwennini kumaa a ɔnni mmoroo afe a dɛm nni ne ho bra na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa da biara.+ Fa bra anɔpa biara. 14 Fa weinom ka mmoa no ho na wɔmfa mmɔ aduane afɔreɛ anɔpa biara: Aduane efa nkyɛmu nsia mu baako ne ngo hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a wɔde bɛgugu esiam muhumuhu no so. Wɔde bɛbɔ aduane afɔreɛ ama Yehowa berɛ nyinaa. Wei yɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 15 Wɔmfa odwennini kumaa no ne aduane afɔrebɔdeɛ ne ngo no mmra anɔpa biara mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ daa.’

16 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Sɛ ɔberempɔn no de agyapadeɛ bi kyɛ ne mma no mu biara a, ɛbɛyɛ ne mma no agyapadeɛ. Ɛyɛ wɔn kyɛfa. 17 Na sɛ ɔde n’agyapadeɛ bi ma n’akoa a, ɛbɛyɛ ne dea akɔsi Ahofadie Afe no,+ na ɛbɛsan abɛdi ɔberempɔn no nsam. Ne mma nko ara na sɛ n’agyapadeɛ kɔdi wɔn nsam a, ɛbɛyɛ wɔn dea afebɔɔ. 18 Ɛnsɛ sɛ ɔberempɔn no pamo ɔmanfoɔ no mu biara firi n’agyapadeɛ so na ɔfa yɛ ne dea. Ɔno ara n’agyapadeɛ na ɛsɛ sɛ ɔde ma ne mma. Ɛno remma me man nhwete mfiri wɔn agyapadeɛ so.’”

19 Afei ɔde me faa ɛkwan+ a ɛda asɔfoɔ no adidibea kronkron a ɛhwɛ atifi fam+ no ponkɛseɛ no nkyɛn, na meduruu hɔ no, mehuu beaeɛ bi wɔ akyire hɔ wɔ atɔeɛ fam. 20 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha na asɔfoɔ no bɛnoa afɔdie afɔrebɔdeɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ no, na ɛha ara na wɔbɛtõ aduane afɔrebɔdeɛ no,+ na wɔamfa biribiara ankɔ akyire hɔ adihɔ hɔ amma ɔmanfoɔ no anyɛ kronkron.”*+

21 Ɔde me firii adi baa akyire hɔ adihɔ hɔ, na ɔde me baa adihɔ no ntwea nnan no so. Na mehuu adihɔ a wɔagye ho wɔ ntwea no biara so. 22 Ná adihɔ nketewa no wowɔ adihɔ no ntwea nnan no so; ne tenten yɛ basafa* 40 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 30. Adihɔ nnan no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ.* 23 Ná wɔato bamma wɔ adihɔ nnan no nyinaa mu ahyia, na wɔayeyɛ bukyia a wɔnoa so adeɛ wɔ bamma no ase. 24 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha na asɔrefie no mu asomfoɔ noa ɔman no afɔrebɔdeɛ.”+

47 Afei ɔsan de me baa asɔrefie no kwan ano,+ na mehuu sɛ ɛkwan a ɛkɔ asɔrefie hɔ no, nsuo bi firi aseɛ resene kɔ apueeɛ fam,+ ɛfiri sɛ na asɔrefie no anim kyerɛ apueeɛ fam. Nsuo no sene firii asɔrefie no ase, nifa so wɔ afɔrebukyia no anaafoɔ.

2 Ɛnna ɔde me faa ponkɛseɛ a ɛda atifi no kwan so pueeɛ,+ na ɔde me kɔɔ ɛkwan a ɛda akyire no so baa adihɔ ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no ano,+ na mehuu sɛ nsuo resene firi nifa so.

3 Ɔbarima no de n’ani kyerɛɛ apueeɛ fam, na ɔde susuhoma a ɔkura no ne nsam no+ susuu basafa* 1,000. Ɔmaa mesii nsuo no mu, na na ɛdeda me nankɔn.

4 Ɛnna ɔsan susuu basafa 1,000, na ɔmaa mefaa nsuo no mu, na na ɛdeda me kotodwe.

Afei ɔsusuu basafa 1,000 bio, na ɔmaa mefaa mu, na na ɛdeda m’asene.

5 Berɛ a ɔsan susuu basafa 1,000 no, mantumi amfa mu ɛfiri sɛ na ayiri adane asubɔnten; ná ɛnyɛ nsuo a obi bɛtumi afa mu atwa, gye sɛ ɔboro.

6 Ɔbisaa me sɛ: “Onipa ba, woahunu wei?”

Na ɔmaa mesan nante baa asubɔnten no ano. 7 Mesan baeɛ no, mehuu sɛ nnua pii sisi asubɔnten no ho; ebi wɔ ɛfã ha na ebi nso wɔ ɛfã ha.+ 8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsuo yi resene akɔ apueeɛ fam akɔfa Araba,*+ na ɛbɛkɔ akɔbɔ po mu. Sɛ ɛkɔbɔ po mu a,+ ɛbɛsa emu nsuo yareɛ. 9 Baabiara a asubɔnten* no bɛsene akɔ no, emu mmoa* nyinaa bɛnya nkwa. Emu mpataa bɛdɔɔso, ɛfiri sɛ nsuo no bɛkɔ hɔ. Ɛbɛsa ɛpo nsuo no yareɛ na baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ bɛnya nkwa.

10 “Mpataayifoɔ bɛgyinagyina ho afiri En-Gedi+ akɔpem En-Eglaim, na wɔbɛnya baabi a wɔhata asau. Na mpataa ahodoɔ nyinaa bi bɛyɛ mu ma te sɛ Ɛpo Kɛseɛ* no mu mpataa.+

11 “Mmeaeɛ bi bɛyɛ awora ne atɛkyɛ, na ɛrennya ayaresa. Ɛbɛyɛ nkyenenkyene.+

12 “Nnua a wɔdi so aba nyinaa bi bɛfifi wɔ asubɔnten no ho wɔ ɛfã ha ne ɛfã ha. N’ahaban rempo, na ɛso aba rensa. Ɛbɛso aba foforɔ bosome biara, ɛfiri sɛ nsuo a ɛgugu so no firi kronkronbea hɔ.+ Wɔbɛdi so aba na wɔde n’ahaban asa yareɛ.”+

13 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Wei ne asaase a mobɛkyɛ ama Israel mmusuakuo 12 no sɛ wɔn agyapadeɛ, na Yosef asefoɔ bɛnya nkyɛmu mmienu.+ 14 Asaase no bɛyɛ mo agyapadeɛ, na obiara bɛnya pɛpɛɛpɛ.* Mekaa ntam sɛ mede asaase yi bɛma mo agyanom,+ na seesei abɛyɛ mo agyapadeɛ.

15 “Asaase no hyeɛ a ɛda atifi fam nie: Ɛfiri Ɛpo Kɛseɛ no ho kɔfa Hetlon+ kɔ Sedad,+ 16 Hamat,+ Berota,+ ne Sibraim a ɛda Damasko ne Hamat ahyeɛ ntam, na ɛkɔpem Haser-Hatikon a ɛkɔ Hauran+ hyeɛ so no. 17 Enti ɛhyeɛ no firi po no ho kɔfa Hasar-Enon+ a ɛwɔ Damasko hyeɛ so wɔ atifi fam, na ɛkɔduru Hamat+ hyeɛ so. Wei ne atifi fam hyeɛ no.

18 “Apueeɛ fam hyeɛ no da Hauran ne Damasko ntam, na ɛkɔfa Yordan ho wɔ Gilead+ ne Israel asaase no ntam. Monsusu mfiri ɛhyeɛ no so nkɔ apueeɛ fam po* no ho. Wei ne apueeɛ fam hyeɛ no.

19 “Anaafoɔ fam hyeɛ no firi Tamar kɔ Meribat-Kades+ nsuo ho, ɛfiri Subɔn* no ho kɔ Ɛpo Kɛseɛ no ho.+ Wei ne anaafoɔ fam hyeɛ no.

20 “Atɔeɛ fam hyeɛ no da Ɛpo Kɛse no ho, ɛfiri ɛhyeɛ no so kɔsi Lebo-Hamat*+ ntentensoɔ. Wei ne atɔeɛ fam hyeɛ no.”

21 “Monkyɛ asaase yi mfa; momfa mma Israel mmusuakuo 12 no. 22 Monkyɛ asaase no mfa na momfa bi mma ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo na wɔawowo mma no; mommu wɔn sɛ Israel man mma. Wɔne mo nyinaa bɛnya agyapadeɛ wɔ Israel mmusuakuo mu. 23 Abusuakuo a ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mu no, wɔn asaase so na momma no agyapadeɛ,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

48 “Mmusuakuo no din nie. Ɛfiri aseɛ firi atifi fam nohoa: Dan kyɛfa+ no nam Hetlon kwan so kɔfa Lebo-Hamat,*+ na ɛkɔ Hasar-Enan kɔfa Damasko hyeɛ so wɔ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn;+ n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 2 Aser kyɛfa+ toa Dan so, na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 3 Naftali kyɛfa+ toa Aser so, na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 4 Manase kyɛfa+ toa Naftali so, na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 5 Efraim kyɛfa toa Manase so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 6 Ruben kyɛfa toa Efraim so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 7 Yuda kyɛfa toa Ruben so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 8 Wofiri Yuda asaase so a, ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no, asaase a mobɛtwa ayɛ ntoboa no, ɛsɛ sɛ ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa* 25,000,+ na ɛsɛ sɛ ne tenten ne mmusuakuo no nsaase a ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no yɛ pɛ. Wɔde kronkronbea no bɛsi mfimfini.

9 “Asaase a mobɛtwa ama Yehowa sɛ ntoboa no tenten bɛyɛ basafa 25,000, na ne tɛtrɛtɛ ayɛ basafa 10,000. 10 Asaase a mobɛtwa ayɛ ntoboa kronkron ama asɔfoɔ no nie:+ Atifi fam bɛyɛ basafa 25,000, atɔeɛ fam bɛyɛ basafa 10,000, apueeɛ fam bɛyɛ 10,000; na anaafoɔ fam ayɛ 25,000. Yehowa kronkronbea no bɛwɔ mfimfini. 11 Ɛbɛyɛ asɔfoɔ a wɔate wɔn ho no dea, Sadok mma+ a wɔyɛɛ wɔn adwuma wɔ m’anim no. Weinom na berɛ a Israelfoɔ ne Lewifoɔ no firii m’akyi no, wɔamfiri m’akyi.+ 12 Wɔbɛnya asaase a wɔatwa sɛ ntoboa no bi wɔ Lewifoɔ no nkyɛn, na ɛbɛyɛ ade kronkron paa.

13 “Lewifoɔ no bɛnya asaase wɔ asɔfoɔ no deɛ ho pɛɛ. Ne tenten bɛyɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ ayɛ basafa 10,000. (Asaase no nyinaa tenten bɛyɛ basafa 25,000, na ne tɛtrɛtɛ ayɛ basafa 10,000.) 14 Asaase no fã a ɛyɛ papa yi, ɛnsɛ sɛ wɔtwa bi tɔn, wɔde sesa biribi, anaa wɔdane ma obi, ɛfiri sɛ ɛyɛ ade kronkron ma Yehowa.

15 “Asaase no fã a aka a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 5,000 a ɛda deɛ ne kɛseɛ yɛ basafa 25,000 no ho no deɛ, ɛbɛyɛ ɔmanfoɔ asaase.+ Nnipa bɛtenatena hɔ na wɔde hɔ ayɛ mmoa adidibea. Na kuro no bɛda mfimfini.+ 16 Kuro no kɛse nie: N’atifi yɛ basafa 4,500, anaafoɔ yɛ 4,500, apueeɛ yɛ 4,500, na atɔeɛ yɛ 4,500. 17 Kuro no bɛnya asaase a mmoa bɛdidi so: N’atifi bɛyɛ basafa 250, anaafoɔ bɛyɛ 250, apueeɛ bɛyɛ 250, na atɔeɛ ayɛ 250.

18 “Asaase a ɛbɛka no ne ntoboa kronkron no tenten bɛyɛ pɛ.+ Apueeɛ fam bɛyɛ basafa 10,000 na atɔeɛ fam nso ayɛ 10,000. Ɛne ntoboa kronkron no nyinaa tenten bɛyɛ pɛ; na kuro no mu adwumayɛfoɔ bɛdi so nnɔbaeɛ. 19 Kuro no mu adwumayɛfoɔ a wɔfiri Israel mmusuakuo nyinaa mu bɛyɛ asaase no so adwuma.+

20 “Asaase a mobɛtwa ayɛ ntoboa mũ no nyinaa no, n’afã nnan no biara bɛyɛ basafa 25,000. Momfa bi nyɛ ntoboa kronkron na momfa bi nyɛ kuro no asaase.

21 “Ntoboa kronkron no ne kuro no asaase no, deɛ ɛbɛka akyire wɔ ɛfã ha ne ɛfã ha bɛyɛ ɔberempɔn no dea.+ Ɛbɛtoa asaase basafa 25,000 a ɛda asaase a wɔtwa yɛɛ ntoboa no apueeɛ ne n’atɔeɛ no so. Ɛne nsaase a ɛbɛn no no bɛyɛ pɛ, na ɛbɛyɛ ɔberempɔn no dea. Ntoboa kronkron no ne asɔrefie no kronkronbea no bɛda mfimfini.

22 “Lewifoɔ no asaase ne kuro no asaase bɛda ɔberempɔn no asaase ntam. Ɔberempɔn no asaase bɛda Yuda+ ne Benyamin asaase no ntam.

23 “Na mmusuakuo a aka no deɛ nie: Asaase a ɛdi hɔ firi apueeɛ fam hyeɛ so ba atɔeɛ fam hyeɛ so no yɛ Benyamin dea.+ 24 Simeon kyɛfa toa Benyamin so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 25 Isakar kyɛfa+ toa Simeon so, na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 26 Sebulon kyɛfa toa Isakar so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ.+ 27 Gad kyɛfa toa Sebulon so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 28 Gad hyeɛ a ɛwɔ anaafoɔ fam no bɛfiri Tamar+ akɔsi Meribat-Kades+ nsuo ho, na ɛbɛfa Subɔn* no ho+ akɔpem Ɛpo Kɛseɛ* no.

29 “Wei ne asaase a mobɛkyɛ ama Israel mmusuakuo no+ sɛ agyapadeɛ, na abusua biara bɛnya ne kyɛfa,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

30 “Kuro no ho akwan nie: Kuro no atifi fam bɛyɛ basafa 4,500.+

31 “Wɔde Israel mmusuakuo no din bɛfrɛ apono no. Apono mmiɛnsa a ɛwɔ atifi fam no, Ruben pono baako, Yuda pono baako, Lewi nso pono baako.

32 “Kuro no apueeɛ fam bɛyɛ basafa 4,500, na ɛbɛnya apono mmiɛnsa; Yosef pono baako, Benyamin pono baako, Dan nso pono baako.

33 “Kuro no anaafoɔ fam bɛyɛ basafa 4,500, na ɛbɛnya apono mmiɛnsa; Simeon pono baako, Isakar pono baako, Sebulon nso pono baako.

34 “Kuro no atɔeɛ fam bɛyɛ basafa 4,500, na ɛbɛnya apono mmiɛnsa; Gad pono baako, Aser pono baako, na Naftali nso pono baako.

35 “Sɛ wɔsusu ɛho nyinaa twa hyia a, ɛbɛyɛ basafa 18,000. Ɛfiri saa da no, wɔbɛfrɛ kuro no Yehowa Wɔ Hɔ.”+

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Ma Ahoɔden.”

Nt., “nsa.”

Anaa “anyinam.”

Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.

Ɛyɛ papã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.

Ɛbɛtumi aba sɛ mmienu no nyinaa hyiam wɔ ebiara mfimfini pɛɛ.

Nt., “ɛfiri sɛ honhom abɔdeɛ no honhom.”

Nt., “asukɔtweaa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔtrɛ wɔn ntaban mu a, ɛhwɛ tẽẽ.”

“Onipa ba”; saa asɛm yi pue wɔ Hesekiel nwoma no mu mprɛ 93, na wei na ɛdi kan.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Israelfoɔ ne Yudafoɔ ho.

Anaa “wɔyɛ asobrakyeɛ.”

Nt., “atuateɛ fie.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛwom sɛ nnipa no asene wɔn kɔn na wɔte sɛ biribi a ɛwowɔ.”

Anaa “nwoma a wɔabobɔ.”

Anaa “kwadwom.”

Anaa “di.”

Anaa “twerɛboɔ.”

Nt., “atuateɛ fie.”

Nt., “wo nkurɔfoɔ mma.”

Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.

Nt., “m’ani beree wɔ me honhom mu.”

Anaa “mɛma woabu ho akonta.”

Anaa “wobɛgye wo kra.”

Anaa “kɔdi amumuyɛsɛm.”

Anaa “mɛma woabu ho akonta.”

Anaa “wobɛgye wo kra.”

Nt., “nsa.”

Anaa “kurukyire Yerusalem kuro no.”

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Anaa “bɔ ho nsra.”

Nt., “fa . . . bɔne to hɔ,” kyerɛ sɛ, Hesekiel benkum so.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Anaa “adua.”

Ebinom nso frɛ no “atokoɔ.”

Ɛte sɛ hwiit, na na wɔtaa dua wɔ tete Egypt.

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Bɛyɛ lita 0.6. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “nguu me kra.”

Anaa “ɛho akum.”

Nt., “merebɛbubu paanoo nnua.” Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ nnua a na wɔde paanoo sensɛn so de sie.

Nt., “Paanoo.”

Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.

Nt., “mɛpete wɔn ama mframa.”

Anaa “mɛhwan wo so.“

Nt., “mɛpete wɔn ama mframa.”

Nt., “mɛbubu paanoo nnua.” Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ nnua a na wɔde paanoo sensɛn so de sie.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Nt., “wɔn akoma abɔ adwaman; abu brabɔne.”

Anaa “adwamammɔ ani.”

Nt., “ɛbɛnyane.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nhwiren abotire no aba.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Nhwiren abotire no aba.”

Kyerɛ sɛ, deɛ ɔtɔ agyapadeɛ oo, deɛ ɔtɔn oo, wɔn mu biara rennya mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɔsɛeɛ bɛba wɔn nyinaa so.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “na obiara rentumi mfa kwammɔne biara so.”

Anaa “Sekan a wɔde kɔ ɛko.”

Kyerɛ sɛ, ehu nti wɔbɛdwonsɔdwonsɔ wɔn ho.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ahopopoɔ bɛdura wɔn ho.”

Kyerɛ sɛ, awerɛhoɔ bɛma wɔayi wɔn ti kwabokwabo.

Anaa “wɔn kra mmee.”

Kyerɛ sɛ, wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ.

Kyerɛ sɛ, wɔn nneɛma a wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no.

Kyerɛ sɛ, wɔn sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a wɔde yɛ ahoni no.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Yehowa tenabea kronkron no pia mu pia no ho.

Kyerɛ sɛ, mpokyerɛ a wɔde gu nkoa.

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “agyinatuo.”

Anaa “abasamtuo.”

Nt., “nsa.”

Anaa “honi.”

Anaa “honi.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Anaa “a wɔakurukyire.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ dubaa a na wɔde di dwuma wɔ abosonsom mu.

Anaa “toa a wɔde adubire gu mu.”

Nt., “etire.”

Kyerɛ sɛ, kerubim no biara.

Anaa “ɔdasani.”

Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.

Nt., “ɔno ara ne ɔteasefoɔ a mehuu no.”

Nt., “ɛfiri sɛ honhom abɔdeɛ no honhom.”

Nt., “wei ne ɔteasefoɔ a mehuu.”

Anaa “wɔtu fo bɔne tia kuro yi.”

Anaa “dadesɛn a ano so.”

Anaa “mɛka wɔn akoma abom.”

Kyerɛ sɛ, akoma a ɛdi Onyankopɔn akwankyerɛ so.

Nt., “atuateɛ fie.”

Anaa “Sekan a wɔde kɔ ɛko.”

Nt., “wo paanoo.”

Nt., “wɔn paanoo.”

Anaa “ɛyɛ nnaadaa.”

Nt., “Israel fie.”

Anaa “wɔdi wɔn ankasa akoma akyi.”

Kyerɛ sɛ, wɔde biribi a ɛyɛ mmerɛ kyɛ dan mu te sɛ fasuo, na wɔka ho akaadoo ma no yɛ te sɛ deɛ ɛyɛ den.

Kyerɛ sɛ, deɛ nkurɔfoɔ de bɔ wɔn nsa de hwehwɛ ahobammɔ.

Anaa “nkurɔfoɔ kra.”

Anaa “me nkurɔfoɔ kra.”

Anaa “mo kra.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Anaa “mokunkum akra.”

Anaa “mokora akra.”

Anaa “akra.”

Anaa “memmaa no nnii yea.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Nt., “Mɛsɔ Israel fie akoma mu akye wɔn.”

Nt., “mɛbubu paanoo nnua.” Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ nnua a na wɔde paanoo sensɛn so de sie.

Anaa “wɔbɛgye wɔn kra.”

Anaa “kunkum ne mma.”

Anaa “wɔbɛgye wɔn kra.”

Anaa “nneɛma nnan a mede bɛbu wɔn atɛn atwe wɔn aso.”

Anaa “sekan a wɔde kɔ ɛko.”

Anaa “na wo kra ho yɛ abofono.”

Anaa “sukraman nwoma.”

Anaa “Afei deɛ, na adedie sɛ wo.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ne wɔn bɔɔ adwaman.”

Kyerɛ sɛ, mmarima ahoni no.

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Nt., “wode wɔn faa gya mu.”

Nt., “wobaee w’anan mu.”

Nt., “mmarima a wɔn ho soso.”

Anaa “deɛ wɔn kra pɛ.”

Nt., “Kaanan.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “sɛdeɛ wei nyinaa ama m’ani abere wo so!”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Nt., “wo benkum so.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛkyerɛ ɛho nkuro.

Nt., “wo nifa so.”

Anaa “to aborɔme.”

Nt., “Kaanan.”

Nt., “atuateɛ fie.”

Nt., “aba.”

Kyerɛ sɛ, Nebukadnesar.

Kyerɛ sɛ, Sedekia.

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Anaa “akunkum akra.”

Nt., “Watene ne nsa.”

Nt., “wɔbɛpete wɔn ama mframa biara.”

Anaa “nkwa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Onipa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Nt., “obi a ɔhwie mogya gu.”

Anaa “Onipa.”

Nt., “wɔrenkae.”

Anaa “ɔbɛgye ne kra.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “monyɛ.”

Anaa “kwadwom.”

Anaa “agyatanini.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “te sɛ bobe wɔ wo bobefuo mu.”

Anaa “kwadwom.”

Anaa “Worebɛbu wɔn atɛn?”

Nt., “memaa me nsa so kyerɛɛ Yakob aba.”

Anaa “ɛyɛ asaase a wɔasiesie.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Kyerɛ sɛ, Israelfoɔ.

Kyerɛ sɛ, Israelfoɔ.

Anaa “Ɛyɛ asaase a wɔasiesie.”

Kyerɛ sɛ, Israelfoɔ.

Anaa “wɔde wɔn ani sii wɔn agyanom abosom fĩ no so.”

Nt., “wɔmaa abakan biara faa gya mu.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “mo honhom mu.”

Nt., “mede apam no ahoma akyekyere mo.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “asaase ani nyinaa.”

Anaa “obiara.”

Anaa “Ɛnyɛ aborɔme na ɔreto yi?”

Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nwoma na wɔtaa de yɛ.

Anaa “nnipa.”

Nt., “fa wo sisi a ɛrepopo.”

Kyerɛ sɛ, ehu nti wɔbɛdwonsɔdwonsɔ wɔn ho.

Kyerɛ sɛ, Yehowa sekan bɛpo.

Anaa “onipakumfoɔ.”

Anaa “Ahempoma no renkɔ so.”

Nt., “yɛ nsa.”

Nt., “ne terafim.”

Ná wɔde yɛ nyankomade.

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Kyerɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ Yerusalem.

Ɛbɛyɛ sɛ Babilonfoɔ.

Nt., “wɔde nsa bɛkye mo.”

Nt., “wɔn a wɔakunkum wɔn a wɔsum hɔ no kɔn.”

Nt., “wobɛbu atɛn, wobɛbu atɛn.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Nt., “Wo nkurɔfoɔ yi wɔn papa adagya so.”

Kyerɛ sɛ, ne babarima yere.

Anaa “braeb.”

Nt., “akoma.”

Anaa “afideɛ.”

Ɛyɛ dadeɛ bi a wɔde yɛ kyɛnsee.

Ɛyɛ dadeɛ bi a emu yɛ duru.

Anaa “akra.”

Anaa “akra.”

Ɛkyerɛ, “Ne Ntomadan.”

Ɛkyerɛ, “Me Ntomadan Wɔ Ne Mu.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Anaa “ne kra twee ne ho.”

Anaa “me kra twee ne ho.”

Kyerɛ sɛ, ɔbarima dua.

Anaa “wɔn ho fonoo wo kra.”

Akyɛm nketewa a agyantofoɔ taa kura.

Anaa “wo kra twee ne ho.”

Nt., “woato me atwene w’akyi.”

Kyerɛ sɛ, wɔagya Onyankopɔn akɔdi abosom akyi.

Nt., “wɔde wɔn mma a wɔawo wɔn ama me no nso afa gya mu.”

Anaa “nkapo.”

Anaa “mogya wɔ wɔn nsam.”

Nt., “da yi din.”

Nt., “atuateɛ fie.”

Anaa “dadesɛn a ano so.”

Anaa “nankum.”

Anaa “nankum.”

Anaa “nankum.”

Anaa “w’afideɛ.”

Anaa “Mmɔ wo koko.”

Anaa “Nkata w’ano.”

Nt., “nnipa paanoo.”

Anaa “mo kra pɛ n’asɛm.”

Anaa “ɛda wɔn kra.”

Anaa “wo kra dii.”

Anaa “wɔpɛ sɛ wɔde ɔkra mu animtiabuo.”

Nt., “bɛkunkum ne mma mmaa.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.

Nt., “aman.”

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Kyerɛ sɛ, afidie a ɔde ko.

Anaa “ne sekan.”

Nt., “wɔn a wɔapirapira.”

Anaa “mpanimfoɔ.”

Anaa “ntaadeɛ ngugusoɔ.”

Nt., “wɔbɛfira ahopopoɔ.”

Anaa “kwadwom.”

Anaa, “adamena.”

Anaa “mɛsiesie ateasefoɔ asaase so fɛfɛɛfɛ.”

Anaa “kwadwom.”

Nt., “ɛpo akomam.”

Anaa “ɔsono se.”

Ɛyɛ dadeɛ bi a wɔde yɛ kyɛnsee.

Ɛyɛ dadeɛ bi a emu yɛ duru.

Anaa “duaboɔ.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “odwan nwi a ani dum.”

Dua bi a ɛte sɛ sinamon dua.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛyɛ hwam. Nanso obiara nhyɛ da nnim afifideɛ pɔtee a ɛyɛ.

Anaa “Ntoma a wɔde nsa anwene.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “na w’anim aba nyam.”

Nt., “ɛpo akomam.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Wɔn kra de awerɛhoɔ.”

Anaa “kwadwom.”

Nt., “ɛpo akomam.”

Anaa “adamena.”

Nt., “ɛpo akomam.”

Anaa “wɔn a wɔntwaa wɔn dua.”

Anaa “kwadwom.”

Nt., “wɔasra no a ɔkata so.”

Nt., “kerubim a ɔkata so.”

Nil a ɛwɔ ha ne deɛ ɛdidi so nyinaa gyina hɔ ma asubɔnten no ne nsuka a wɔatwitwa wɔ ho nyinaa.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Nt., “wɔn sisi.”

Nt., “waka sɛ.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.

Kyerɛ sɛ, Tiro

Anaa “mɛma abɛn bi afifi ama Israel fie.”

Anaa “firamanfiramanfoɔ.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ Israelfoɔ a na wɔne Egyptfoɔ ayɛ apam.

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Anaa “Memfis.”

Kyerɛ sɛ, Thebes.

Anaa “Memfis.”

Kyerɛ sɛ, Heliopoli.

Anaa “Mɛma Babilon hene tumi ayɛ kɛseɛ.”

Kyerɛ sɛ, Babilon hene anim.

Nt., “wobɛyɛɛ.”

Anaa “adamena.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, sida dua a ɛwɔ Lebanon no.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ne ne basa.”

Anaa “wɔn a wɔntwaa wɔn dua.”

Anaa “kwadwom.”

Anaa “gyatanini.”

Nt., “wɔn nsubɔnten.”

Nt., “Deɛ ɛsɔne firi wo mu no bɛhyɛ nsuka ma.”

Anaa “kwadwom.”

Anaa “adamena.”

Anaa “wɔn a wɔntwaa wɔn dua.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “adamena.”

Anaa “adamena.”

Anaa “adamena.”

Nt., “ne ne dɔm.”

Nt., “N’adamena.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛtumi aba sɛ na ɛyɛ asraafoɔ a sɛ wɔwu a, wɔde wɔn sekan ka wɔn ho sie wɔn de hyɛ wɔn animuonyam.

Anaa “adamena.”

Anaa “mpanimfoɔ.”

Anaa “adamena.”

Nt., “bɛfa no kɔ.”

Anaa “ne mogya bɛgu ne tiri so.”

Anaa “ne mogya bɛgu ne tiri so.”

Anaa “ɔbɛgye ne kra.”

Anaa “bɛfa wɔn mu baako kra.”

Anaa “ne mogya ho asodie da ɔwɛmfoɔ no so.”

Anaa “wobɛgye wo kra.”

Anaa “wammu atɛntenenee.”

Nt., “wɔrenkae.”

Nt., “nsa.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Anaa “Akɔnnɔ bɔne nti wɔde wɔn ano fefa wo ho.”

Anaa “mɛbisa me nnwan afiri wɔn nsam.”

Anaa “Meremma wɔmma me nnwan aduane.”

Nt., “ɛbɛgye din.”

Nt., “wɔafiri mu aka.”

Anaa “ne ɔkra mu animtiabuo.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Kyerɛ sɛ, akoma a ɛgye Onyankopɔn akwankyerɛ tom.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “te sɛ nnwankuo a wɔde wɔn rekɔbɔ afɔreɛ wɔ Yerusalem.”

Nt., “nsa.”

Anaa “ahome; honhom.”

Anaa “honhom.”

Anaa “a wɔyɛ ne mfɛfoɔ.”

Anaa “a wɔyɛ ne mfɛfoɔ.”

Nt., “wo man mma.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Nt., “mma mmarima.”

Anaa “me tenabea; me fie.”

Anaa “wɔn so.”

Akyɛm nketewa a agyantofoɔ taa kura.

Nt., “wobɛyɛ wɔn hwɛfoɔ.”

Anaa “nkuraa-nkuraa a ɛnni fasuo no so.”

Anaa “n’agyatanini a wɔn ho yɛ den.”

Anaa “Adiyifoɔ no hyɛɛ.”

Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.

Akyɛm nketewa a agyantofoɔ taa kura.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, mporibaa a dadeɛ feaa hyehyɛ ano.

Anaa “Gog Dɔm Bɔn.”

Ɛkyerɛ, “Dɔm.”

Nt., “me nsa.”

Anaa “afideɛ.”

Nt., “mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu.”

Nt., “nsa.”

Anaa “ahoma a wɔde asaawa ayɛ.”

Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “efie.” Faako a asɛmfua yi pue wɔ ti 40-48 no, sɛ ɛfa asɔrefie no nyinaa ho a, yɛkyerɛ aseɛ sɛ asɔrefie.

Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “demmire a wɔde susu adeɛ a ne tenten yɛ basafa nsia, na basafa biara wɔsusu nsayam baako ka ho.” Wei yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “12.”

Nt., “asɔredan.” Sɛ asɛmfua yi pue wɔ ti 41 ne 42 a, ɛfa Kronkronbea no anaasɛ Kronkronbea no ne Kronkron Mu Kronkronbea no nyinaa ho.

Wei yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, ɔkɔɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ stɛps a ɛnwonwan.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ ɛkwan ketewa bi a wɔfa so twa asɔredan no ho hyia.

Kyerɛ sɛ, ɛdan a ɛwɔ kronkronbea no atɔeɛ fam.

Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”

Ɛbɛyɛ sɛ wei yɛ ɛpono a wɔfa mu kɔ Kronkronbea hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Kronkron Mu Kronkronbea.

Nt., “ayeyɛ ne ntwemu.”

Anaa “apata.”

Wei yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.

Greek Septuagint no ka sɛ, “ne tenten yɛ basafa 100.” Tete Hebri ntwerɛeɛ no kaa no sɛ: “Basafa baako kwan.” Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “efie a ɛwɔ mfimfini no.”

Hwɛ Nkh. B14.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔbaa sɛ ɔrebɛsɛe.”

Nt., “efie.”

Anaa “mfa adwaman a wɔne anyame afoforɔ abɔ.”

Nt., “na wɔnsusu dan no.”

Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.

Wei yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wɔdi mu.”

Kyerɛ sɛ, wɔbɛbɔ ama ɔman no.

Nt., “adi paanoo.”

Nt., “fa w’akoma si so.”

Nt., “me paanoo.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Anaa “twakoto.”

Nt., “ntaadeɛ no ante ɔmanfoɔ no ho.”

Anaa “bobesa.”

Wei yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Asaase no bɛyɛ kronkron afa n’ahyeɛ nyinaa so.”

Nt., “ɛfã biara yɛ 500.”

Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “bɛnnaa.” Hwɛ Nkh. B14.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Hwɛ Nkh. B14.

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “asaase no sofoɔ.”

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “ante ɔmanfoɔ no ho.”

Wei yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Ntwea nnan no nyinaa kɛseɛ ne ne yɛbea yɛ pɛ.”

Wei yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “akɔfa asaase pradadaa no so.”

Nt., “nsubɔnten mmienu.”

Anaa “akra.”

Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.

Nt., “bɛyɛ mo agyapadeɛ, na obiara deɛ bɛyɛ sɛ ne nua deɛ.”

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awuo.

Kyerɛ sɛ, Egypt Subɔn.

Anaa “Hamat kwan ano.”

Anaa “Hamat kwan ano.”

Wei yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, Egypt Subɔn.

Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane