Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Yosua 1:1-24:33
  • Yosua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yosua
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Yosua

YOSUA

1 Yehowa akoa Mose wu akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Nun ba Yosua*+ a na ɔyɛ Mose somfo+ no sɛ: 2 “M’akoa Mose awu.+ Afei sɔre na wo ne nnipa yi nyinaa ntwa Asubɔnten Yordan yi nkɔ asaase a mede rema Israelfo no so.+ 3 Baabiara a mo nan besi no, mede bɛma mo sɛnea mehyɛɛ Mose bɔ no.+ 4 Efi sare no so hɔ kosi Lebanon kɔfa asubɔnten kɛse Eufrate ho, kyerɛ sɛ, Hitifo+ asaase nyinaa, de kɔfa Ɛpo Kɛse* no atɔe fam* nyinaa bɛyɛ mo asaase.+ 5 Wo nkwa nna nyinaa, obiara rentumi nni wo so nkonim.+ Sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.+ Merempo wo, na merennyaw wo.+ 6 Nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den,+ efisɛ wo na wode ɔman yi bɛkɔ ama wɔakɔfa asaase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.+

7 “Nea ehia ara ne sɛ wubenya akokoduru na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+ 8 Mma Mmara nhoma yi mmfi w’anom,+ na mmom kenkan na dwinnwen ho* awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so pɛpɛɛpɛ.+ Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.+ 9 Menka nkyerɛɛ wo sɛ nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den anaa? Nsuro, na mmɔ hu, efisɛ baabi a wobɛkɔ biara, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+

10 Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no mpanyimfo sɛ: 11 “Momfa nkurɔfo no mu wɔ asoɛe hɔ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Aka nnansa, mubetwa Asubɔnten Yordan yi akɔfa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no.+ Enti, monhwehwɛ aduan a mubedi wɔ kwan so.’”

12 Na Yosua ka kyerɛɛ Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no sɛ: 13 “Monkae asɛm a Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ mo yi,+ ‘Yehowa mo Nyankopɔn ama moanya asomdwoe, na ɔde asaase yi ama mo. 14 Mo yerenom, mo mma, ne mo nyɛmmoa bɛka Yordan agya ha,* asaase a Mose de ama mo yi so.+ Mmarima a munim ko yiye nyinaa de,+ momfa mo akode na munni mo nuanom anim ntwa Yordan.+ Ɛsɛ sɛ moboa wɔn 15 kosi sɛ Yehowa bɛma mo nuanom asomdwoe sɛnea wama mo asomdwoe no, na wɔafa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema wɔn no. Muwie a, na moasan mo akyi abɛfa asaase a wɔde ama mo sɛ montena so no, asaase a Yehowa akoa Mose de ama mo wɔ Yordan agya wɔ apuei fam no.’”+

16 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nea woaka akyerɛ yɛn nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn no, yɛbɛkɔ.+ 17 Sɛnea yetiee Mose wɔ biribiara mu no, saa ara na yebetie wo. Nea yɛresrɛ ara ne sɛ, Yehowa wo Nyankopɔn nni w’akyi sɛnea odii Mose akyi no.+ 18 Obiara a ɔbɛsɔre atia w’ahyɛde na wantie asɛm biara a wobɛka akyerɛ no no, wonkum no.+ Enti nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den.”+

2 Afei Nun ba Yosua somaa mmarima baanu kodɛɛ fii Sitim+ sɛ akwansrafo.* Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔhwɛ sɛnea asaase no te, ɛnkanka Yeriko kurow no.” Enti wosiim kɔe, na wokoduu tuutuuni bi a ne din de Rahab+ fi, na wɔsoɛɛ hɔ. 2 Na nkurɔfo kɔka kyerɛɛ Yeriko hene sɛ: “Hwɛ! Israelfo mmarima bi awia wɔn ho aba ha anadwo yi rebɛhwɛ sɛnea yɛn asaase yi te.” 3 Ɛnna Yeriko hene soma kɔka kyerɛɛ Rahab sɛ: “Yi mmarima a wɔabɛsoɛ wo fi ha no bra, na wɔawia wɔn ho aba ha sɛ wɔrebɛhwɛ sɛnea yɛn asaase no nyinaa te.”

4 Nanso ɔbea no de mmarima baanu no siei. Ɛnna ɔkae sɛ: “Ampa, mmarima no baa me nkyɛn, nanso minnim baabi a wofi. 5 Esum durui a wɔrebɛto kurow no pon mu no, mmarima no pue kɔe, nanso minnim baabi a wɔfae. Monyɛ ntɛm nni wɔn akyi, na mobɛto wɔn.” 6 (Nso na ɔde wɔn kɔ ɔdan no atifi de wɔn akosie asaawa nnua bi a wɔahyehyɛ wɔ atifi hɔ no mu.) 7 Enti ɔhene nkurɔfo no de wɔn ani kyerɛɛ baabi a wotwa Yordan no,+ na wodii wɔn akyi. Bere a ɔhene nkurɔfo no pue kɔe ara pɛ na wɔtoo kurow no pon mu.

8 Ansa na mmarima a wɔwɔ ɔdan no atifi bɛda no, ɔbea no foro kɔɔ wɔn nkyɛn. 9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim sɛ Yehowa de asaase yi bɛma mo,+ na mo ho hu atɔ yɛn so.+ Mo nti, asaase yi sofo nyinaa abɔ hu,+ 10 efisɛ yɛate sɛnea Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no yowee wɔ mo anim bere a mufi Egypt reba no,+ ne nea mode yɛɛ Amorifo ahemfo baanu, Sihon+ ne Og+ a mosɛee wɔn wɔ Yordan agya* no. 11 Bere a yɛtee no, yɛn koma tui,* na mo nti obiara abɔ hu, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn yɛ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asaase a ɛwɔ fam yi Nyankopɔn.+ 12 Afei mesrɛ mo, monka me ntam Yehowa din mu sɛ, ɔdɔ a enni huammɔ a mada no adi akyerɛ mo nti, mo nso mobɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ me papa fifo. Na momma me adanse* a ɛkyerɛ sɛ mubedi mo asɛm so. 13 Munnye me papa ne me maame ne me nua mmarima ne me nua mmea ne wɔn fifo nyinaa. Munnye yɛn na yɛanwuwu.”*+

14 Ɛnna mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ mubewu de, anka yɛde yɛn nkwa* betwa so! Sɛ moamma obiara anhu nea enti a yɛbaa ha, na Yehowa de asaase yi ma yɛn a, yɛn nso yɛbɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ mo na yɛadi mo nokware.” 15 Afei ɔbea no maa wɔn hama ma wɔde faa mfɛnsere mu sii fam, efisɛ na ne dan si kurow no fasu so. Ɔfasu no so na na ɔte.+ 16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ bepɔw so na momfa mo ho nsie nnansa, na wɔn a wɔrehwehwɛ mo no anhu mo. Sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ mo no san ba a, na moakɔ mo kwan.”

17 Ɛnna mmarima no nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ntam a woama yɛaka yi bɛyɛ adwuma a,+ 18 yɛba asaase yi so a, gye sɛ yehu sɛ wode hama kɔkɔɔ yi asɛn mfɛnsere a worema yɛafa mu yi ho. Ma wo papa ne wo maame ne wo nuanom ne wo papa fifo nyinaa mmɛka wo ho wɔ ofie ha.+ 19 Obiara a obefi wo fi yi mu akɔ abɔnten no, sɛ owu a, ɔno ara na ayɛ,* na yɛrenni fɔ. Na obiara a ɔbɛtena wo nkyɛn wɔ ofie ha de, sɛ bɔne bi to no a,* ɛnde yebedi fɔ.* 20 Na sɛ woma obi hu nea enti a yɛbaa ha a,+ ɛnde yɛrenni fɔ wɔ ntam a woama yɛaka yi ho.” 21 Ɛnna ɔbea no kae sɛ: “Nea moaka yi, ɛmmra mu saa.”

Afei ogyaa wɔn kwan ma wɔkɔe. Na ɔde hama kɔkɔɔ no sɛn mfɛnsere no ho. 22 Enti wofii hɔ kɔɔ bepɔw so, na wɔtenaa hɔ nnansa kosii sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn no san bae. Wɔhwehwɛɛ akwan no nyinaa so, nanso wɔanhu wɔn. 23 Afei mmarima baanu no sian fii bepɔw no so, na wotwaa nsu no baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔbɛkaa nea ɛtoo wɔn no nyinaa kyerɛɛ no. 24 Na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yehowa de asaase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa.+ Na yɛn nti, asaase no sofo nyinaa abɔ hu.”+

3 Ɛnna Yosua sɔree anɔpatutuutu, na ɔne Israelfo* nyinaa tu fii Sitim+ kɔɔ Yordan ano. Wɔdaa hɔ maa ade kyee ansa na wɔretwa.

2 Nnansa akyi no, mpanyimfo no+ faa nkurɔfo no mu wɔ asoɛe hɔ nyinaa, 3 na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Sɛ muhu sɛ Lewifo asɔfo no so Yehowa mo Nyankopɔn apam adaka no a,+ ɛhɔ ara, mumfi baabi a mowɔ no na munni akyi. 4 Nanso momma kwan bɛyɛ basafa 2,000* nna mo ne apam adaka no ntam; mommmɛn ho, na ɛbɛma moahu ɔkwan a mobɛfa so, efisɛ momfaa ɔkwan no so da.”

5 Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Montew mo ho,*+ efisɛ ɔkyena, Yehowa bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.”+

6 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: “Momfa apam adaka no,+ na munni ɔman no anim.” Enti wɔfaa apam adaka no dii ɔman no anim.

7 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛnnɛ da yi, mefi ase ayɛ wo kɛse wɔ Israelfo nyinaa anim,+ na wɔahu sɛ sɛnea midii Mose akyi no,+ saa ara na medi w’akyi.+ 8 Fa ahyɛde yi ma asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: ‘Sɛ mudu Yordan nsu no ano a, munnyina Yordan no mu dinn.’”+

9 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mommra ha na mummetie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm.” 10 Na Yosua kae sɛ: “Eyi na mode behu sɛ Onyankopɔn teasefo bi wɔ mo mu.+ Ɔbɛpam Kaananfo ne Hitifo ne Hiwifo ne Perisifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Yebusifo afi mo anim.+ 11 Hwɛ! Asaase nyinaa Wura no apam adaka redi mo anim akɔ Yordan mu. 12 Afei munyi mmarima 12 mfi Israel mmusuakuw no mu, abusuakuw biara mu ɔbarima baako,+ 13 na sɛ asɔfo a wɔso asaase nyinaa Wura, Yehowa, Adaka no de wɔn nan si Yordan nsu no mu ara pɛ, nsu a ɛtene fi atifi no betwa, na agyina faako te sɛ ɔfasu.”+

14 Enti bere a ɔman no tu fii wɔn ntamadan mu a wɔrekotwa Yordan no, asɔfo a wɔso apam adaka+ no dii ɔman no anim. 15 (Edu bere a wotwa hwiit a, saa bere no nyinaa Yordan yiri ma ebu fa ne kɔn so.)+ Na bere a asɔfo a wɔso Adaka no duu Yordan nsu no ano a wɔde wɔn nan sii nsu no mu ara pɛ, 16 nsu a ɛtene fi atifi no nyinaa begyinaa faako. Ɛkɔɔ soro te sɛ ɔfasu wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow bi a ɛbɛn Saretan. Ɛnna nea ɛtene kɔ Araba Po a ɛno ara ne Nkyene Po* no mu no nso twae. Etwae koraa maa ɔman no faa baabi a ɛne Yeriko di nhwɛanim no twae. 17 Na asɔfo a wɔso Yehowa apam adaka no kɔɔ so gyinaa hɔ dinn wɔ asaase a ɛso awo so+ wɔ Yordan mfinimfini kosii sɛ Israel man no nyinaa faa asaase a ɛso awo so+ twaa Yordan wiei.

4 Bere a ɔman no nyinaa twaa Yordan wiei no, Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 “Yi mmarima 12 fi ɔman no mu, abusuakuw biara mu ɔbarima baako,+ 3 na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Momfa abo 12 mfi Yordan mfinimfini, baabi a na asɔfo no nan sisi no,+ na momfa ntwa nkogu baabi a mobɛsoɛ anadwo yi.’”+

4 Enti Yosua frɛɛ mmarima 12 a oyii wɔn fii Israelfo mu no, abusuakuw biara mu ɔbarima baako, 5 na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsen nkodi Yehowa mo Nyankopɔn Adaka no anim nkɔ Yordan mfinimfini, na obiara mfa ɔbo baako nto n’abati, sɛnea Israel mmusuakuw dodow te, 6 na ɛnyɛ adanse mma mo. Na sɛ akyiri yi mo mma bisa mo sɛ, ‘Mode abo yi reyɛ dɛn?’ a,+ 7 monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Yordan nsu no twae wɔ Yehowa apam adaka no anim.+ Bere a adaka no twaa Yordan no, Yordan nsu no twae. Na abo yi bɛma Israelfo akae saa asɛm yi daa.’”*+

8 Enti Israelfo no yɛɛ nea Yosua kae no pɛpɛɛpɛ, na wɔsesaw abo 12 fii Yordan mfinimfini, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no. Abo no dodow ne Israel mmusuakuw no dodow yɛ pɛ. Wɔde twa kɔɔ baabi a wɔbɛsoɛ anadwo no, na wɔde koguu hɔ.

9 Afei nso, Yosua hyehyɛɛ abo 12 wɔ Yordan mfinimfini, baabi a asɔfo a na wɔso apam adaka no de wɔn nan sisii no.+ Na abo no wɔ hɔ de besi nnɛ.

10 Asɔfo a wɔso Adaka no kɔɔ so gyinaa Yordan mfinimfini kosii sɛ wowiee nea Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no sɛ wɔnyɛ no nyinaa; wɔyɛɛ nea na Mose aka akyerɛ Yosua no nyinaa. Saa bere no nyinaa, na ɔman no retwa Yordan no ntɛmntɛm. 11 Bere a ɔman no nyinaa twa wiei pɛ, asɔfo no nso de Yehowa Adaka no twae wɔ ɔman no anim.+ 12 Na Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no de wɔn akode twa kodii Israelfo a aka no anim,+ sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no.+ 13 Asraafo bɛyɛ 40,000 a wokurakura akode rekɔ ɔko na wotwae wɔ Yehowa anim kɔɔ Yeriko sare so.

14 Saa da no, Yehowa yɛɛ Yosua kɛse wɔ Israelfo nyinaa anim,+ na wobuu no paa* ne nkwa nna nyinaa sɛnea na wobu Mose paa no.+

15 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 16 “Ka kyerɛ asɔfo a wɔso Adanse Adaka+ no sɛ womfi Yordan mu.” 17 Enti Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: “Mumfi Yordan mu mmra.” 18 Bere a asɔfo a wɔso Yehowa apam adaka no+ fii Yordan mfinimfini bae a wɔn nan kaa asaase a ɛso awo no, Yordan nsu no san bae, na eyiri bu faa ne kɔn so+ sɛnea na ɛte kan no.

19 Bosome a edi kan no da a ɛto so du na ɔman no fii Yordan mu, na wɔbɛsoɛɛ Gilgal+ wɔ Yeriko apuei fam hye so.

20 Abo 12 a wɔfa fii Yordan mu no, Yosua de besisii Gilgal.+ 21 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Sɛ ɔkyena bi mo mma bisa wɔn papanom sɛ, ‘Abo yi nso kyerɛ dɛn?’ a,+ 22 monka nkyerɛ mo mma no sɛ, ‘Israelfo faa asaase a ɛso awo so na etwaa Yordan.+ 23 Yehowa mo Nyankopɔn maa Yordan nsu no yowee kosii sɛ wɔn nyinaa twae, sɛnea Yehowa mo Nyankopɔn maa Ɛpo Kɔkɔɔ no yowee wɔ yɛn anim kosii sɛ yetwae no.+ 24 Ɔyɛɛ saa na ama asaase so aman nyinaa ahu sɛ Yehowa tumi sõ,+ na ama mo nso moasuro Yehowa mo Nyankopɔn daa.’”

5 Amorifo+ ahemfo a wɔwɔ Yordan agya wɔ atɔe fam* no nyinaa, ne Kaanan+ ahemfo a wɔtete po ho no nyinaa tee sɛ Yehowa maa Yordan nsu no yowee wɔ Israelfo no anim kosii sɛ wɔn nyinaa twae. Wɔtee ara pɛ na wɔn koma tui,*+ na Israelfo no nti wɔbɔɔ hu paa.*+

2 Saa bere no, Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Fa abo a ano yɛ nnam yɛ asekan na twa Israel mmarima twetia*+ bio, nea ɛto so abien.” 3 Enti Yosua de abo yɛɛ asekan de twaa Israel mmarima no twetia wɔ Gibeat-Haaralot.*+ 4 Nea enti a Yosua twaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman a wofi Egypt bae no mu mmarima nyinaa, mmarima a wobetumi akɔ ɔko* no nyinaa wuwui ɔkwan so wɔ sare no so bere a wofii Egypt no.+ 5 Wɔn a wofi Egypt bae no nyinaa de, na wɔatwa wɔn twetia dedaw. Nanso bere a wofii Egypt no, wɔn a wɔwoo wɔn kwan so wɔ sare so no nyinaa de, na wontwaa wɔn twetia. 6 Israelfo no nantew sare no so mfe 40+ kosii sɛ ɔman no nyinaa, kyerɛ sɛ, mmarima a wobetumi akɔ ɔko a wofi Egypt bae a wɔantie Yehowa no nyinaa ase hyewee.+ Yehowa kaa wɔn ntam sɛ ɔremma wonhu asaase a Yehowa kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no da,+ asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no.+ 7 Enti ɔmaa wɔn mma besii wɔn anan.+ Eyinom na Yosua twaa wɔn twetia. Ná wontwaa twetia efisɛ wɔantwa wɔn twetia wɔ kwan so.

8 Bere a wotwaa ɔman no nyinaa twetia wiei no, wɔtenaa wɔn asoɛe hɔ kosii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.

9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛnnɛ mapia Egypt animguase nyinaa afi mo so.” Enti wɔtoo hɔ din Gilgal,*+ na wɔfrɛ hɔ saa de besi nnɛ.

10 Israelfo no kɔɔ so tenaa Gilgal, na bosome no da a ɛto so 14 anwummere no, wodii Twam no+ wɔ Yeriko sare no so. 11 Bere a wodii Twam no a ade kyee no, saa da no ara na wofii ase dii asaase no so nnɔbae, paanoo a mmɔkaw* nnim+ ne nkyewe. 12 Na da a wodii asaase no so nnɔbae no bi no, ade kyee ara na mana no gyaee tɔ, na Israelfo annya mana bio.+ Saa afe no, wofii ase dii Kaanan asaase no so nnɔbae no bi.+

13 Bere a Yosua wɔ Yeriko mpɔtam hɔ baabi no, ɔmaa n’ani so hui sɛ ɔbarima bi+ atwe sekan gyina n’anim.+ Ɛnna Yosua kɔɔ ne nkyɛn kobisaa no sɛ: “Wowɔ yɛn afã anaa yɛn atamfo afã?” 14 Ɔbarima no buae sɛ: “Daabi, mmom maba sɛ Yehowa safohene.”*+ Ɛnna Yosua bɔɔ ne mu ase de n’anim butuw fam bisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na me wura wɔ ma n’akoa?” 15 Na Yehowa safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yi wo nan ase mpaboa, efisɛ baabi a wugyina no yɛ kronkron.” Ntɛm ara na Yosua yɛɛ saa.+

6 Yeriko de, Israelfo no nti, na wɔato kurow no mu abram akyi; obi nkɔ, na obi mma.+

2 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne ne mmarima a wonim ko yiye no ahyɛ wo nsa.+ 3 Enti mmarima a mokɔ ɔko no nyinaa, monnantew* ntwa kurow no ho nhyia; muntwa kurow no ho nhyia pɛnkoro. Monyɛ saa ara nnansia. 4 Ma asɔfo baason mfa nguan mmɛn ason nni Adaka no anim. Na da a ɛto so ason no, muntwa kurow no ho nhyia mpɛn ason, na asɔfo no nhyɛn mmɛn no.+ 5 Sɛ wɔbɔ abɛn* no na mote abɛn no nnyigyei* pɛ, ɔman no nyinaa nteɛm denneennen, na kurow no fasu nyinaa bedwiriw agu.+ Ɛba saa a, ɔman no mmɔ nwura kurow no mu; obiara nkɔ n’anim tee.”

6 Enti Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfo no behyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa apam adaka no, na asɔfo baason mfa nguan mmɛn ason nni Yehowa Adaka no anim.”+ 7 Afei ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monkɔ nkɔnantew* ntwa kurow no ho nhyia, na asraafo+ a wokurakura akode no nni Yehowa Adaka no anim.” 8 Sɛnea Yosua ka kyerɛɛ ɔman no, asɔfo baason a wokurakura nguan mmɛn ason wɔ Yehowa anim no bedii anim hyɛn mmɛn no, na Yehowa apam adaka no dii wɔn akyi. 9 Asraafo a wokurakura akode no dii asɔfo a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na asraafo a wɔbɔ kyidɔm* no nso dii Adaka no akyi bere a asɔfo no gu so rehyɛn mmɛn no.

10 Ná Yosua aka akyerɛ ɔman no sɛ: “Monnteɛm na mommma obi nnte mo nne. Mummmue mo ano nnka biribiara kosi da a mɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monteɛm!’ ansa na moateɛm.” 11 Na ɔma wɔde Yehowa Adaka no twaa kurow no ho hyiae. Wotwaa ho hyiae pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ wɔn asoɛe kɔdae.

12 Ade kyee no, Yosua sɔree anɔpatutuutu, na asɔfo no faa Yehowa Adaka no.+ 13 Ɛnna asɔfo baason a wokurakura nguan mmɛn ason no hyɛn mmɛn no dii Yehowa Adaka no anim; bere a wɔrekɔ nyinaa na wɔrehyɛn. Asraafo a wokurakura akode no nso dii wɔn anim. Afei asraafo a wodi akyi no dii Yehowa Adaka no akyi bere a asɔfo no gu so rehyɛn mmɛn no. 14 Da a ɛto so abien no, wɔnantew* twaa kurow no ho hyiae pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ wɔn asoɛe. Wɔyɛɛ saa ara nnansia.+

15 Da a ɛto so ason no, anɔpatutuutu a anim retetew no ara na wɔsɔree, na wɔnantew* twaa kurow no ho hyiae saa ara mpɛn ason. Saa da no nko ara na wɔnantew twaa kurow no ho hyiae mpɛn ason.+ 16 Eduu nea ɛto so ason so no, asɔfo no hyɛn mmɛn no, na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monteɛm,+ efisɛ Yehowa de kurow no ama mo! 17 Ɛsɛ sɛ mosɛe kurow no ne biribiara a ɛwom;+ ne nyinaa yɛ Yehowa dea. Tuutuuni Rahab+ nko ara na ɛnsɛ sɛ mode mo nsa ka no, ɔno ne wɔn a wɔka ne ho wɔ ofie hɔ nyinaa, efisɛ ɔde nnipa a yɛsomaa wɔn no siei.+ 18 Montwe mo ho mfi biribiara a ɛsɛ sɛ mosɛe no ho,+ na mo kɔn annɔ, na moamfa nneɛma a ɛsɛ sɛ mosɛe no no bi,+ na Israel asoɛe no ammɛyɛ biribi a ɛfata sɛ wɔsɛe no, na ankɔfa ɔhaw* biara amma so.+ 19 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dade ayɛ nyinaa de, ɛyɛ kronkron ma Yehowa.+ Ɛsɛ sɛ ne nyinaa kɔ Yehowa adekoradan mu.”+

20 Afei wɔhyɛn mmɛn no, na ɔman no teɛɛm.+ Bere a ɔman no tee abɛn no a wɔteɛɛm denneennen pɛ, ɔfasu no nyinaa dwiriw guu fam.+ Afei wɔbɔ wuraa kurow no mu; obiara kɔɔ n’anim tee, na wɔfaa kurow no. 21 Wɔde sekan sɛee biribiara a ɛwɔ kurow no mu, mmea ne mmarima, mpanyin ne mmofra, anantwi ne nguan ne mfurum.+

22 Na Yosua ka kyerɛɛ mmarima baanu a wɔkɔhwɛɛ asaase no sɛ: “Monkɔ tuutuuni bea no fi nkɔfa ɔno ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa mfi hɔ, sɛnea mokaa no ntam no.”+ 23 Enti mmerante a wɔkɔhwɛɛ kurow no kɔfaa Rahab ne ne papa ne ne maame ne ne nua mmarima ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa fii hɔ, kyerɛ sɛ, wɔde n’abusuafo nyinaa fii hɔ.+ Wɔde wɔn baa Israelfo asoɛe no akyi dwoodwoo.

24 Afei wɔde ogya hyew kurow no ne emu nneɛma nyinaa. Nanso dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dade ayɛ no de, wɔde kɔɔ Yehowa fi adekoradan mu.+ 25 Tuutuuni Rahab ne ne papa fifo ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn no nko ara na Yosua ankum wɔn,+ na ɔte Israelfo mu besi nnɛ,+ efisɛ ɔde nnipa a Yosua somaa wɔn ma wɔkɔhwɛɛ Yeriko no siei.+

26 Saa bere no, Yosua kaa ntam sɛ:* “Obiara a ɔbɛkyekye Yeriko kurow yi, nnome nka no wɔ Yehowa anim. Sɛ ɔto kurow no fapem a, ne ba panyin bewu, na osisi n’apon a, ne ba kumaa bewu.”+

27 Enti Yehowa gyinaa Yosua akyi,+ na Yosua din* trɛwee wɔ asaase nyinaa so.+

7 Nanso Israelfo no anni nokware wɔ nneɛma a wɔkae sɛ wɔnsɛe no no ho, efisɛ Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan+ a ofi Yuda abusuakuw mu no faa nneɛma a wɔkae sɛ wɔnsɛe no no bi.+ Enti Yehowa bo fuw Israelfo no denneennen.+

2 Na Yosua somaa mmarima fii Yeriko sɛ wɔnkɔ Ai+ a ɛbɛn Bet-Awen wɔ Betel+ apuei fam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munwia mo ho mforo nkɔhwɛ sɛnea asaase no te.” Enti mmarima no wiaa wɔn ho foro kɔhwɛɛ sɛnea Ai te. 3 Bere a wɔsan baa Yosua nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Enhia sɛ ɔman no nyinaa foro kɔ hɔ. Mmarima bɛyɛ 2,000 anaa 3,000 betumi adi Ai so nkonim. Nhaw ɔman no nyinaa sɛ wɔnkɔ hɔ, efisɛ nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no nnɔɔso.”

4 Enti mmarima bɛyɛ 3,000 foro kɔɔ hɔ, nanso woguan fii Ai mmarima no anim.+ 5 Ai mmarima no kunkum wɔn mu 36, na wɔtaa wɔn fii kurow no pon ano kosii Sebarim,* na bere a wɔresian nyinaa, na wɔrekunkum wɔn. Eyi maa nnipa no bɔɔ hu yiye.*

6 Ɛnna Yosua suan n’ataade mu, na ɔde n’anim butuw fam wɔ Yehowa Adaka no anim kosii anwummere, ɔne Israel mpanyimfo no, na wɔde dɔte guu wɔn tirim mpɛn pii. 7 Afei Yosua kae sɛ: “Ao Awurade Tumfo Yehowa, adɛn nti na wode ɔman yi atwa Yordan aba ha sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa ama wɔasɛe yɛn? Yenim a, anka yɛtenaa yɛn baabi wɔ Yordan agya hɔ!* 8 Yehowa, mepa wo kyɛw o, Israel na aguan afi n’atamfo anim* yi. Seesei dɛn bio na menka? 9 Sɛ Kaananfo ne asaase no so nnipa nyinaa te a, wɔbɛba abetwa yɛn ho ahyia, na wɔapopa yɛn din afi asaase so koraa. Dɛn na wobɛyɛ wɔ wo din kɛse no ho?”+

10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Sɔre! Adɛn nti na wode w’anim abutuw fam? 11 Israel ayɛ bɔne. Apam a me ne wɔn yɛe a meka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni so no, wɔabu so.+ Nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔafa bi;+ wɔawia,+ na wɔayɛ kodɛɛ de akɔka wɔn nneɛma ho.+ 12 Enti Israelfo rentumi nnyina wɔn atamfo anim. Wɔabɛyɛ biribi a ɛfata sɛ wɔsɛe wɔn. Ɛno nti, wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfo na wɔaguan afi wɔn anim. Merenni mo akyi bio, gye sɛ mosɛe ade a ɛsɛ sɛ mosɛe no no fi mo mu.+ 13 Sɔre na tew ɔman no ho!+ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montew mo ho mma ɔkyena, na nea Israel Nyankopɔn Yehowa aka ni: “O Israel, biribi wɔ mo mu a ɛsɛ sɛ mosɛe no. Sɛ moanyi ade a ɛsɛ sɛ mosɛe no no amfi mo mu a, morentumi nnyina mo atamfo anim. 14 Ɔkyena anɔpa, mmusuakuw no mmra mmaako mmaako. Abusuakuw a Yehowa beyi no,+ wobegyinagyina mmusua mmusua. Afei abusua a Yehowa beyi no, wobegyinagyina afi afi. Ofi a Yehowa beyi no, emu mmarima nso bɛba mmaako mmaako. 15 Na nea wɔbɛkyere no sɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no wɔ ne nkyɛn no, wɔmfa ogya nhyew no,+ ɔno ne nea ɔwɔ nyinaa, efisɛ wabu Yehowa apam so,+ na wayɛ aniwude wɔ Israel.”’”

16 Ade kyee no, Yosua sɔree anɔpatutuutu frɛɛ Israel mmusuakuw no bae mmaako mmaako, na woyii Yuda abusuakuw no. 17 Afei ɔmaa Yuda mmusua no bae mmaako mmaako, na woyii Sera abusua no.+ Na ɔmaa Sera abusua no mu mmarima bae mmaako mmaako, na woyii Sabdi. 18 Awiei koraa no, ɔmaa Sabdi fi mmarima bae mmaako mmaako, na woyii Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ofi Yuda abusuakuw mu no.+ 19 Afei Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: “Me ba, mesrɛ wo, hyɛ Israel Nyankopɔn Yehowa anuonyam na ka wo bɔne kyerɛ no. Mesrɛ wo, ka nea woayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.”

20 Ɛnna Akan ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nokwasɛm ni, me na mayɛ bɔne atia Israel Nyankopɔn Yehowa, na nea meyɛe ni: 21 Mihuu ataade fɛfɛɛfɛ bi a efi Sinar+ ne dwetɛ nnwetɛbona* 200 ne sika kɔkɔɔ a emu duru yɛ nnwetɛbona 50 wɔ nneɛma no mu, na na m’ani gye ho, enti mefae. Mede asie fam wɔ me ntamadan mu, na sika no hyɛ ase.”

22 Ntɛm ara na Yosua somaa nnipa, na wɔde mmirika kɔɔ ntamadan no mu. Ampa ara, na ɔde ataade no asie ne ntamadan mu, na na sika no hyɛ ase. 23 Enti woyiyii nneɛma no fii ntamadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfo no nyinaa, na wɔde guu Yehowa anim. 24 Afei Yosua ne Israelfo nyinaa de Sera ba Akan+ ne dwetɛ ne ataade ne sika kɔkɔɔ+ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmea ne n’anantwi ne ne mfurum ne ne nguan ne ne ntamadan ne biribiara a ɔwɔ kɔɔ Akor Bon mu.*+ 25 Ɛnna Yosua kae sɛ: “Adɛn nti na wode mmusu* aba yɛn so yi?+ Yehowa de mmusu bɛba wo so nnɛ.” Ɔkaa saa no, Israelfo nyinaa siw no abo,+ na wowiei no, wɔde ogya hyew wɔn.+ Enti wosiw wɔn nyinaa abo. 26 Na wɔsoaa abo guu no so ma ɛyɛɛ siw kɛse, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. Afei Yehowa bo dwoe.+ Ɛno nti na wɔtoo hɔ din Akor* Bon, na wɔfrɛ hɔ saa de besi nnɛ.

8 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro, na mmɔ hu.+ Fa asraafo no nyinaa ka wo ho na momforo nkɔ Ai so. Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kurow ne n’asaase ahyɛ wo nsa.+ 2 Yɛ Ai ne ne hene sɛnea woyɛɛ Yeriko ne ne hene no.+ Nanso kurow yi mu nneɛma ne emu nyɛmmoa de, mubetumi afa. Ma nnipa bi nkɔtetɛw kurow no akyi.”

3 Enti Yosua ne asraafo no nyinaa foro kɔɔ Ai so. Yosua paw mmarima a wonim ko yiye 30,000, na ogyaa wɔn kwan anadwo. 4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ, monkɔtetɛw kurow no akyi. Monhwɛ na mo ne kurow no ntam antwe pii, na obiara nyɛ krado. 5 Me nso, me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa betwiw abɛn kurow no. Na sɛ wopue ba yɛn so sɛnea wɔyɛɛ kan no a,+ yebeguan afi wɔn anim. 6 Sɛ wopue bedi yɛn akyi a, yɛbɛma wɔadi yɛn akyi akosi sɛ yɛbɛtwe wɔn afi kurow no ho, efisɛ wɔbɛka sɛ, ‘Wɔreguan sɛnea wɔyɛe kan no.’+ Na yebeguan afi wɔn anim. 7 Ɛba saa a, mumfi baabi a mokɔtetɛwee no nkɔfa kurow no; Yehowa mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa. 8 Sɛ mofa kurow no pɛ, momfa ogya ntom.+ Monyɛ no sɛnea Yehowa aka no. Eyi ne akwankyerɛ a mepɛ sɛ mudi so.”

9 Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wɔnantew kɔɔ beae a wɔrekɔtetɛw no. Wɔtenaa Betel ne Ai ntam wɔ Ai atɔe fam, na Yosua daa nnipa a aka no nkyɛn anadwo no.

10 Na Yosua sɔree anɔpatutuutu boaboaa asraafo no ano, na ɔne Israel mpanyimfo dii wɔn anim kɔɔ Ai. 11 Asraafo a wɔka ne ho nyinaa+ foro kɔe, na wɔkɔe ara koduu kurow no anim. Wɔsoɛɛ Ai atifi fam, na na obon da wɔne Ai ntam. 12 Saa bere yi nyinaa, na wayi mmarima bɛyɛ 5,000 sɛ wɔnkɔtetɛw+ Betel+ ne Ai ntam, wɔ kurow no atɔe fam. 13 Enti asraafo no mu fã kɛse kɔsoɛɛ kurow no atifi fam,+ na asraafo a wɔbɔ kyidɔm* no kɔtetɛw atɔe fam,+ na Yosua kɔɔ obon no mu* anadwo no.

14 Bere a Ai hene huu saa pɛ, ɔne kurow no mu mmarima sɔree anɔpatutuutu, na wɔyɛɛ ntɛm sɛ wɔne Israelfo no rekɔko wɔ baabi a ɛne asaase pradadaa no di nhwɛanim no. Nanso na onnim sɛ ebinom akɔtetɛw no wɔ kurow no akyi. 15 Bere a Ai mmarima baa wɔn so no, Yosua ne Israelfo no nyinaa guan faa kwan a ɛkɔ sare so no so.+ 16 Ɛnna Ai mmarima frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu nyinaa ma wɔkɔtaa wɔn so. Bere a wɔretaa Yosua so nyinaa, na wɔretwe wɔn fi kurow no ho. 17 Ɔbarima biara anka Ai ne Betel a wankodi Israelfo no akyi. Wogyaw kurow no ano too hɔ kakraa, na wɔkɔtaa Israelfo no so.

18 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Fa peaw a wukura no kyerɛ Ai so,+ na mede bɛhyɛ wo nsa.”+ Enti Yosua de peaw a okura no kyerɛɛ kurow no so. 19 Bere a ɔteɛɛ ne nsa ara pɛ na wɔn a wɔakɔtetɛw no fii baabi a wɔhyɛ no de mmirika bɔ wuraa kurow no mu kodii so nkonim. Ntɛm ara na wɔde ogya too kurow no mu.+

20 Bere a Ai mmarima no dan wɔn ho no, wohui sɛ wusiw fi kurow no mu reforo kɔ soro, na na wontumi nguan nkɔ benkum anaa nifa. Afei wɔn a wɔreguan kɔ sare so no dan baa wɔn a wɔretaa wɔn so no so. 21 Bere a Yosua ne Israelfo no nyinaa hui sɛ wɔn a wɔkɔtetɛwee no akɔfa kurow no, na wohui sɛ kurow no mu wusiw reforo kɔ soro no, wɔsan wɔn akyi bɛtow hyɛɛ Ai mmarima no so. 22 Na wɔn a wɔwɔ kurow no mu no nso behyiaa wɔn. Enti na Ai mmarima no aka mfinimfini; Israelfo binom wɔ wɔn anim, ɛnna ebinom nso wɔ wɔn akyi. Afei wokunkum wɔn nyinaa. Onipa baako mpo anka, na obiara nso antumi anguan.+ 23 Na Ai hene de,+ wɔankum no, mmom, wɔkyeree no de no baa Yosua anim.

24 Enti Israelfo kunkum Aifo a wodii wɔn akyi kɔɔ sare so no nyinaa wɔ sare no so hɔ. Wɔde sekan kunkum wɔn ma wɔsae. Wowiei no, Israelfo nyinaa san kɔɔ Ai kurow no mu de sekan kokunkum wɔn. 25 Saa da no, mmarima ne mmea a wowuwui nyinaa yɛ 12,000, Aifo nyinaa. 26 Yosua amfa ne nsa a na ekura peaw no mu no anto hɔ+ kosii sɛ ɔsɛee Aifo nyinaa pasaa.+ 27 Nanso kurow no mu nyɛmmoa ne emu nneɛma de, Israelfo no fae, sɛnea ahyɛde a Yehowa de maa Yosua no te no.+

28 Na Yosua hyew Ai, na ɛdan abo sum hɔ;+ ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. 29 Na ɔde Ai hene no sɛn dua so kosii anwummere, na bere a owia rekɔtɔ no, Yosua kae sɛ wonyi ne funu mfi dua no so.+ Wɔde kɔtoo kurow no pon ano, na wɔsoaa abo pii guu no so ma ɛyɛɛ siw kɛse, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.

30 Saa bere no, Yosua sii afɔremuka wɔ Ebal Bepɔw so+ maa Israel Nyankopɔn Yehowa 31 sɛnea Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ Israelfo no. Wɔakyerɛw ho asɛm wɔ Mose Mmara nhoma no+ mu sɛ: “Momfa abo amuamu a wɔmfaa dade nkae nsi afɔremuka no.”+ Na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so maa Yehowa.+

32 Afei Mmara a Mose kyerɛwee wɔ Israelfo anim no,+ Yosua hwɛɛ so kyerɛw bi guu abo no so.+ 33 Na Israelfo nyinaa, wɔn mpanyimfo, wɔn atitiriw, ne wɔn atemmufo begyinagyinaa Lewifo asɔfo a wɔso Yehowa apam adaka no anim wɔ Adaka no benkum ne ne nifa so. Ahɔho ne kuromafo nyinaa begyinagyinaa hɔ bi.+ Nnipa no fã gyinaa Gerisim Bepɔw anim, ɛnna fã nso gyinaa Ebal Bepɔw+ anim sɛnea ɛbɛyɛ a wobehyira Israelfo (sɛnea na Yehowa akoa Mose ahyɛ dedaw no).+ 34 Ɛno akyi no, ɔkenkan Mmara no mu nsɛm nyinaa den,+ nhyira+ ne nnome,+ sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mmara nhoma no mu no. 35 Nea Mose kae nyinaa, Yosua gyinaa Israel asafo no ne mmea ne mmofra ne ahɔho a wɔwɔ wɔn mu* no nyinaa anim kenkan no den; wannyaw asɛm baako mpo.+

9 Bere a ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔe fam+ no nyinaa tee nea asi no, wɔn a wɔwɔ bepɔw so, ne Sefela, ne Ɛpo Kɛse* no ano nyinaa+ ne Lebanon anim—Hitifo, Amorifo, Kaananfo, Perisifo, Hiwifo ne Yebusifo+— 2 kaa wɔn ho boom sɛ wɔne Yosua ne Israelfo no rebɛko.+

3 Gibeonfo+ nso tee nea Yosua de yɛɛ Yeriko+ ne Ai+ no. 4 Enti wɔyɛɛ wɔn ade nyansam. Wɔfaa aduan a wobedi no kwan so guu nkotoku dedaw mu, na wɔde nsã nkotoku dedaw a apaapae a wɔapompam kaa ho de soasoaa wɔn mfurum. 5 Afei nso, wɔhyehyɛɛ mpaboa dedaw a wɔapompam ne ntaade a agow. Paanoo a wɔfae nyinaa nso, na akyenkyen, na na efurofurow. 6 Na wɔkɔɔ Yosua nkyɛn wɔ asoɛe hɔ wɔ Gilgal,+ na wɔka kyerɛɛ ɔne Israel mmarima no sɛ: “Yefi akyirikyiri na yɛaba. Yɛsrɛ mo, mo ne yɛn nyɛ apam.” 7 Ɛnna Israel mmarima no ka kyerɛɛ Hiwifo*+ no sɛ: “Ebia yɛn nkyɛn ha yi ara na mote. Enti ɛbɛyɛ dɛn na yɛne mo ayɛ apam?”+ 8 Na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yɛyɛ wo nkoa.”

Ɛnna Yosua bisaa wɔn sɛ: “Moyɛ henanom, na mufi he?” 9 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn din nti na wo nkoa fi akyirikyiri asaase bi so+ aba, efisɛ yɛate ne nka ne nea ɔyɛe wɔ Egypt nyinaa,+ 10 ne nea ɔde yɛɛ Amorifo ahemfo baanu a na wɔte Yordan agya* no nyinaa, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ a na ɔte Astarot no. 11 Enti yɛn mpanyimfo ne yɛn asaase no sofo nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Momfa aduan a mubedi no kwan so nka mo ho ntu kwan nkohyia wɔn. Monka nkyerɛ wɔn sɛ: “Yɛbɛyɛ mo nkoa.+ Enti mo ne yɛn nyɛ apam.”’+ 12 Paanoo yi, ɛda a yɛrefi yɛn afi aba mo nkyɛn no, yɛfae sɛ yebedi no kwan so. Ná ɛyɛ hyew, nanso monhwɛ, seesei akyenkyen na efurofurow.+ 13 Nsã nkotoku yi nso, bere a yɛhyehyɛɛ no amaama no, na ɛyɛ foforo koraa, nanso seesei apaapae.+ Yɛn ntaade ne yɛn mpaboa nso, ɔkwan no tenten nti, atetew.”

14 Ɛnna Israel mmarima no faa wɔn aduan no bi hwɛe, nanso wɔammisa Yehowa anom asɛm.+ 15 Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoe so,+ na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔrenkum wɔn. Asafo no mu mpanyimfo nso kaa wɔn ntam sii asɛm no so.+

16 Bere a wɔne wɔn yɛɛ apam no wiei no, nnansa akyi na wɔtee sɛ, sɛɛ na nkurɔfo no te bɛn wɔn; wɔte wɔn nkyɛn pɛɛ. 17 Afei Israelfo no sii kwan so, na da a ɛto so abiɛsa no, wokoduu nkurɔfo no nkurow mu. Ná wɔn nkurow no ne Gibeon+ ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-Yearim.+ 18 Nanso Israelfo no amfa wɔn nsa anka wɔn, efisɛ na asafo no mu mpanyimfo de Israel Nyankopɔn Yehowa din aka wɔn ntam.+ Enti asafo no nyinaa fii ase nwiinwii tiaa mpanyimfo no. 19 Na mpanyimfo no nyinaa ka kyerɛɛ asafo no nyinaa sɛ: “Yɛde Israel Nyankopɔn Yehowa din aka wɔn ntam, enti yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn. 20 Nea yɛbɛyɛ ni: Yɛrenkum wɔn, na ntam a yɛaka wɔn no nti, Onyankopɔn abufuw amma yɛn so.”+ 21 Mpanyimfo no san kae sɛ: “Munnyaa wɔn mma wɔntena ase, nanso wɔbɛkɔ anyina* ne nsu ama asafo no nyinaa.” Saa na mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn.

22 Afei Yosua frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Dɛn nti na modaadaa yɛn kae sɛ, ‘Yefi akyirikyiri baabi,’ bere a mote yɛn nkyɛn ha yi ara?+ 23 Efi nnɛ rekɔ, wɔadome mo.+ Mo nkwa nna nyinaa mobɛyɛ nkoa, na mobɛkɔ anyina ne nsu daa wɔ me Nyankopɔn fi.” 24 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Asɛm no ne sɛ, wo nkoa tee no pefee sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asaase yi nyinaa mma mo na monsɛe asaase no sofo nyinaa mfi mo anim.+ Mo nti, na yesuro sɛ yɛn nkwa* befi yɛn nsa.+ Ɛno nti na yɛyɛɛ saa no.+ 25 Seesei yɛwɔ mo nsam. Nea eye na ɛteɛ wɔ mo ani so biara momfa nyɛ yɛn.” 26 Na ɔyɛɛ wɔn saa; ogyee wɔn fii Israelfo no nsam, na wɔankum wɔn. 27 Nanso ɛda no, Yosua yɛɛ wɔn nnipa a wɔbɛkɔ anyina ne nsu ama asafo no+ ne Yehowa afɔremuka wɔ baabi a Onyankopɔn bɛpaw biara.+ Wɔyɛɛ saa de besi nnɛ.+

10 Yerusalem hene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua ako afa Ai asɛe no, na wayɛ Ai ne ne hene+ sɛnea ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no.+ Ɔsan tee sɛ Gibeonfo ne Israel akɔyɛ asomdwoe apam,+ na wɔne wɔn na ɛte. Ɔtee ara pɛ, 2 ehu kaa no papaapa,+ efisɛ na Gibeon yɛ kurow kɛse te sɛ nhenkurow no bi. Ná ɛso sen Ai,+ na na emu mmarima nyinaa nim ko yiye. 3 Enti Yerusalem hene Adoni-Sedek de nkra kɔmaa Hebron+ hene Hoham ne Yamut hene Piram ne Lakis hene Yafia ne Eglon hene+ Debir sɛ: 4 “Mommɛboa me mma yɛnkɔtow nhyɛ Gibeon so, efisɛ wɔne Yosua ne Israelfo akɔyɛ asomdwoe apam.”+ 5 Enti Amorifo+ ahemfo baanum no, kyerɛ sɛ, Yerusalem hene ne Hebron hene ne Yamut hene ne Lakis hene ne Eglon hene ne wɔn asraafo nyinaa kaa wɔn ho boom, na wokotwaa Gibeon ho hyiae sɛ wɔne wɔn rekɔko.

6 Ɛnna Gibeonfo soma kɔka kyerɛɛ Yosua wɔ Gilgal+ asoɛe hɔ sɛ: “Nnyaw wo nkoa.*+ Bra ntɛm! Begye yɛn na boa yɛn! Amorifo ahemfo a wɔtete bepɔw so no nyinaa aboa wɔn ano ne yɛn rebɛko.” 7 Enti Yosua ne asraafo ne mmarima a wonim ko yiye a wɔka ne ho nyinaa fii Gilgal foro kɔe.+

8 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro wɔn,+ na mede wɔn ahyɛ wo nsa.+ Wɔn mu biara rentumi nnyina w’anim.”+ 9 Yosua de anadwo no nyinaa nantew fii Gilgal baa wɔn so mpofirim. 10 Na Yehowa maa wɔn ani so tan wɔn wɔ Israelfo no anim,+ na wokunkum dɔm kɛse wɔ Gibeon. Wotiw wɔn faa ɔkwan a ɛforo kɔ Bet-Horon no so, na wokunkum wɔn de koduu Aseka ne Makeda. 11 Bere a wɔreguan afi Israelfo anim a woduu ɔkwan a esian fi Bet-Horon so no, Yehowa maa asukɔtweaa akɛse fii soro beguu wɔn so de koduu Aseka ma wowuwui. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a asukɔtweaa no kunkum wɔn no dɔɔso sen wɔn a Israelfo de sekan kunkum wɔn no.

12 Ɛda a Yehowa yɛɛ Amorifo pasaa wɔ Israelfo anim no, saa da no na Yosua ka kyerɛɛ Yehowa wɔ Israelfo anim sɛ:

“Owia, gyina dinn+ wɔ Gibeon so,+

Ɔsram nso, gyina dinn wɔ Ayalon Bon mu!”*

13 Enti owia gyinae dinn, na ɔsram nso gyinaa faako kosii sɛ ɔman no tuaa n’atamfo ka. Wɔakyerɛw eyi ho asɛm wɔ Yasar nhoma no mu,+ ɛnte saa? Owia gyinae dinn wɔ wim, na bɛyɛ da mũ nyinaa ampere ne ho ankɔtɔ. 14 Ɛda yi so bi mmae da—n’anim oo, n’akyi oo, ebi nsii da—sɛ Yehowa betie onipa saa,+ efisɛ na Yehowa reko ama Israel.+

15 Afei Yosua ne Israelfo nyinaa san baa asoɛe hɔ wɔ Gilgal.+

16 Saa bere yi, na ahemfo baanum no aguan akɔhyɛ Makeda+ ɔbodan no mu. 17 Ɛnna nkurɔfo bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Wɔahu sɛ ahemfo baanum no aguan akɔhyɛ Makeda+ ɔbodan no mu.” 18 Ɛnna Yosua kae sɛ: “Mumpia abo akɛse nkata ɔbodan no ano na momma mmarima nwɛn wɔn. 19 Na mo a moaka no de, munnnyina, na mmom muntiw mo atamfo no nkunkum wɔn. Munni kan nkunkum wɔn a wodi akyi no.+ Mommma wonnwura wɔn nkurow mu, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa.”

20 Yosua ne Israelfo no kunkum dɔm kɛse paa maa nkurɔfo no sae, gye wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu a woguan kɔɔ nkurow a wɔabɔ ho ban mu no. Ɛno akyi no, 21 ɔman no nyinaa san baa Yosua nkyɛn asomdwoe mu wɔ Makeda asoɛe hɔ. Na obiara ampɛ ne ho asɛm anka asɛm bi* antia Israelfo no. 22 Afei Yosua kae sɛ: “Mummue ɔbodan no ano na munyi ahemfo baanum no mfi ɔbodan no mu mmrɛ me.” 23 Enti woyii ahemfo baanum yi fii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yamut hene, Lakis hene, ne Eglon hene.+ 24 Bere a wɔde ahemfo yi brɛɛ Yosua no, ɔfrɛɛ Israel mmarima nyinaa, na ɔka kyerɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔne no kɔe no sɛ: “Mommra anim. Momfa mo nan nsisi ahemfo yi kɔn akyi.” Na wɔbae de wɔn nan besisii wɔn kɔn akyi.+ 25 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro, na mommmɔ hu.+ Munnya akokoduru na momma mo ho nyɛ den, na sɛɛ na Yehowa bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn redi ako nyinaa.”+

26 Afei Yosua bobɔɔ wɔn kunkum wɔn, na ɔde wɔn sensɛn nnua anum so kosii anwummere. 27 Bere a owia kɔtɔe no, Yosua ka ma wokoyii wɔn fii nnua no so,+ na wɔkɔtow wɔn guu ɔbodan a woguan kɔhyɛɛ mu no mu. Na wɔde abo akɛse guu ɔbodan no ano, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ da yi.

28 Saa da no, Yosua faa Makeda,+ na ɔtwee sekan wɔ kurow no so. Okum kurom hɔ hene ne emu nnipa* nyinaa. Wannyaw obiara wɔ hɔ.+ Sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no, saa ara na ɔyɛɛ Makeda hene+ nso.

29 Afei Yosua ne Israelfo nyinaa fii Makeda kɔɔ Libna, na wɔne Libnafo kɔkoe.+ 30 Na Yehowa de kurow no ne ɛhɔ hene+ nso hyɛɛ Israel nsa, na wɔtwee sekan wɔ kurow no so kunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa. Wɔannyaw obiara wɔ hɔ. Sɛnea wɔyɛɛ Yeriko hene no,+ saa ara na wɔyɛɛ kurom hɔ hene no nso.

31 Ɛno akyi no, Yosua ne Israelfo nyinaa fii Libna kɔɔ Lakis.+ Wɔkɔsoɛɛ hɔ, na wɔne wɔn koe. 32 Yehowa de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na da a ɛto so abien no, wɔfaa kurow no. Afei wɔtwee sekan wɔ kurow no so kunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa,+ sɛnea wɔyɛɛ Libna no.

33 Ɛnna Geser hene+ Horam foro kɔe sɛ ɔrekɔboa Lakis. Nanso Yosua kum ɔne ne nkurɔfo nyinaa, na wannyaw obiara.

34 Ɛnna Yosua ne Israelfo nyinaa fii Lakis kɔɔ Eglon.+ Wɔkɔsoɛɛ hɔ, na wɔne wɔn koe. 35 Wɔfaa kurow no saa da no, na wɔtwee sekan wɔ so. Wokunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa saa da no, sɛnea wɔyɛɛ Lakis no.+

36 Afei Yosua ne Israelfo nyinaa fii Eglon foro kɔɔ Hebron+ ne wɔn kɔkoe. 37 Wɔfaa kurow no ne ne nkuraa nyinaa, na wɔtwee sekan wɔ so. Wokum ɔhene no ne nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa. Wɔannyaw obiara wɔ hɔ. Sɛnea ɔsɛee Eglon no, saa ara na ɔsɛee kurow no ne emu nnipa* nyinaa.

38 Awiei koraa no, Yosua ne Israelfo nyinaa de wɔn ani kyerɛɛ Debir,+ na wɔne wɔn kɔkoe. 39 Ɔfaa kurow no ne ɛhɔ hene ne nkuraa a ɛwowɔ hɔ nyinaa. Na wɔtwee sekan wɔ so kunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa.+ Wannyaw obiara.+ Sɛnea ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa ara na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.

40 Enti Yosua kõ faa nsaase a ɛwɔ bepɔw so ne Negeb ne Sefela+ ne nkoko ase no nyinaa, na okunkum wɔn ahemfo nyinaa. Wannyaw obiara; ɔsɛee biribiara a ɛhome+ sɛnea Israel Nyankopɔn Yehowa kae no.+ 41 Na Yosua kõ faa asaase no nyinaa fii Kades-Barnea+ kosii Gasa,+ ne Gosen+ asaase nyinaa de kɔpem Gibeon.+ 42 Yosua faa ahemfo yi nyinaa ne wɔn nsaase wɔ bere koro mu, efisɛ Israel Nyankopɔn Yehowa ko maa Israel.+ 43 Afei Yosua ne Israelfo nyinaa san kɔɔ asoɛe hɔ wɔ Gilgal.+

11 Bere a Hasor hene Yabin tee nea asi no, ntɛm ara na ɔde nkra kɔmaa Madon hene+ Yobab ne Simron hene ne Aksaf hene+ 2 ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam bepɔw so ne wɔn a wɔwɔ sare so* wɔ Kineret anaafo fam ne wɔn a wɔwɔ Sefela ne wɔn a wɔwɔ Dor+ mmepɔw* so wɔ atɔe fam 3 ne Kaananfo+ a wɔwɔ apuei ne atɔe ne Amorifo+ ne Hitifo ne Perisifo ne Yebusifo a wɔwɔ bepɔw so ne Hiwifo+ a wɔwɔ Hermon+ ase wɔ Mispa asaase so. 4 Enti wɔne wɔn asraafodɔm a wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea, ne apɔnkɔ ne ɔko nteaseɛnam bebree fi bae. 5 Ahemfo no nyinaa penee so sɛ wobehyia. Enti wɔbae, na wɔboaa wɔn ho ano wɔ Merom asu ho sɛ wɔne Israel rebɛko.

6 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro wɔn,+ na ɔkyena sesɛɛ mede wɔn nyinaa bɛhyɛ Israelfo nsa ama wɔakunkum wɔn. Twitwa wɔn apɔnkɔ nan akyi ntini+ na fa ogya hyew wɔn nteaseɛnam.” 7 Ɛnna Yosua ne asraafo no nyinaa faa Merom asu ho bɛtow hyɛɛ wɔn so prɛko pɛ. 8 Na Yehowa de wɔn hyɛɛ Israelfo no nsa+ ma wodii wɔn so nkonim. Wotiw wɔn ara koduu Sidon Kɛse+ ne Misrefot-Maim+ ne Mispe Bon mu wɔ atɔe fam. Wokunkum wɔn kosii sɛ wɔn nyinaa sae.+ 9 Na nea Yehowa kae sɛ Yosua nyɛ wɔn no, saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛɛ wɔn: Otwitwaa wɔn apɔnkɔ nan akyi ntini, na ɔde ogya hyew wɔn nteaseɛnam.+

10 Afei Yosua san n’akyi, na ɔfaa Hasor kurow no, na ɔde sekan kum ɛhɔ hene,+ efisɛ kan no, na Hasor yɛ ahemman yi nyinaa ti. 11 Wɔde sekan kunkum nnipa* a ɛwɔ hɔ nyinaa sɛee wɔn.+ Wɔannyaw biribiara a ɛhome.+ Afei ɔde ogya hyew Hasor. 12 Yosua faa ahemfo yi nkurow nyinaa, na ɔde sekan kunkum emu ahemfo nyinaa.+ Ɔsɛee wɔn,+ sɛnea Yehowa akoa Mose kae sɛ wɔnyɛ no. 13 Nkurow a egu nkoko so no de, Israel anhyew emu biara, gye Hasor. Ɛno nko ara na Yosua hyewee. 14 Israelfo no faa nkurow no mu nneɛma nyinaa ne nyɛmmoa.+ Nanso nnipa no de, wɔde sekan kunkum wɔn nyinaa sɛee wɔn pasaa.+ Wɔannyaw obiara a ɔhome.+ 15 Nea Yehowa ka kyerɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose ka kyerɛɛ Yosua,+ na saa ara nso na Yosua yɛe. Ɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; baako mpo anka mu.+

16 Yosua faa asaase yi nyinaa: bepɔw no, ne Negeb+ nyinaa, ne Gosen asaase nyinaa, ne Sefela+ ne Araba+ ne Israel mmepɔw ne ne Sefela,* 17 efi Halak Bepɔw a ɛne Seir di nhwɛanim kosi Baal-Gad+ a ɛwɔ Lebanon Bon mu wɔ Hermon Bepɔw+ ase. Ɔkyeree wɔn ahemfo nyinaa dii wɔn so nkonim, na okunkum wɔn. 18 Yosua ne ahemfo yi nyinaa koe nna pii. 19 Kurow biara nni hɔ a wɔne Israelfo yɛɛ asomdwoe apam, gye Hiwifo a wɔte Gibeon no.+ Nea aka no nyinaa de, wɔko fae.+ 20 Yehowa na ɔmaa kwan ma wopirim wɔn koma+ sɛ wɔne Israelfo mmɛko, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe wɔn a ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.+ Ná ɛsɛ sɛ wɔhyew wɔn ase sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+

21 Saa bere no, Anakfo+ a wɔwɔ mmepɔw mu, wɔn a wɔwɔ Hebron, wɔn a wɔwɔ Debir, wɔn a wɔwɔ Anab, wɔn a wɔwɔ Yuda mmepɔw mu nyinaa, ne wɔn a wɔwɔ Israel mmepɔw mu nyinaa, Yosua hyew wɔn ase. Yosua sɛee wɔne wɔn nkurow pasaa.+ 22 Wannyaw Anakni biara wɔ Israelfo asaase so; Gasa+ ne Gat+ ne Asdod+ nko ara na ebi kae.+ 23 Afei Yosua faa nsaase no nyinaa sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose bɔ no,+ na Yosua de maa Israel sɛ agyapade, sɛ wɔnkyekyɛm mma wɔn mmusuakuw no.+ Na wɔanko wɔ asaase no so bio.+

12 Eyinom ne asaase no so ahemfo a Israelfo dii wɔn so faa wɔn nsaase wɔ Yordan agya wɔ apuei fam, efi Arnon Bon* ho+ kosi Hermon Bepɔw ho+ ne Araba nyinaa wɔ apuei fam no:+ 2 Amorifo hene Sihon+ a na ɔte Hesbon no. Odii hene faa Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bon*+ ho ne bon no mfinimfini ne Gilead fã kosi Yabok Bon* ho wɔ Ammonfo hye so. 3 Ɔsan nso dii hene wɔ Araba kosii Kineret* Po+ no ho wɔ apuei, ne Araba Po, kyerɛ sɛ, Nkyene Po* no ho wɔ apuei, Bet-Yesimot kwan so, de kɔ anaafo wɔ Pisga mmepɔw+ ase.

4 Wɔsan faa Basan hene Og asaase.+ Refaimfo a na wɔaka no, na ɔka ho,+ na ɔtenaa Astarot ne Edrei. 5 Odii hene wɔ Hermon Bepɔw so ne Saleka ne Basan+ nyinaa de kosii Gesurfo ne Maakatfo+ hye so ne Gilead fã kɔpem Hesbon hene Sihon asaase so.+

6 Yehowa akoa Mose ne Israelfo no dii wɔn so,+ na ɛno akyi no, Yehowa akoa Mose de wɔn asaase no maa Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no.+

7 Ahemfo yi na Yosua ne Israelfo no dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam, efi Baal-Gad+ a ɛwɔ Lebanon+ Bon mu kosi Halak Bepɔw+ a ɛne Seir+ di nhwɛanim no so. Ɛno akyi no, Yosua de wɔn asaase no maa Israel mmusuakuw no maa obiara nyaa ne kyɛfa.+ 8 Saa nsaase no ne, bepɔw so nsaase ne Sefela ne Araba ne bepɔw ase ne sare so ne Negeb.+ Ɛha na na Hitifo ne Amorifo+ ne Kaananfo ne Perisifo ne Hiwifo ne Yebusifo no te.+ Ahemfo yi ni:

 9 Baako ne Yeriko hene;+ baako ne Ai a ɛbɛn Betel no hene;+

10 baako ne Yerusalem hene; baako ne Hebron hene;+

11 baako ne Yamut hene; baako ne Lakis hene;

12 baako ne Eglon hene; baako ne Geser hene;+

13 baako ne Debir+ hene; baako ne Geder hene;

14 baako ne Horma hene; baako ne Arad hene;

15 baako ne Libna+ hene; baako ne Adulam hene;

16 baako ne Makeda hene;+ baako ne Betel+ hene;

17 baako ne Tapua hene; baako ne Hefer hene;

18 baako ne Afek hene; baako ne Lasaron hene;

19 baako ne Madon hene; baako ne Hasor hene;+

20 baako ne Simron-Meron hene; baako ne Aksaf hene;

21 baako ne Taanak hene; baako ne Megido hene;

22 baako ne Kedes hene; baako ne Yokneam+ a ɛwɔ Karmel no hene;

23 baako ne Dor a ɛwɔ Dor mmepɔw so+ no hene; baako ne Goiim a ɛwɔ Gilgal no hene;

24 baako ne Tirsa hene. Ahemfo no nyinaa yɛ 31.

13 Saa bere yi, na Yosua mfe akɔ anim, na na wabɔ akwakoraa.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mfe akɔ anim na woabɔ akwakoraa, nanso asaase a aka a ɛsɛ sɛ wofa* no so. 2 Asaase a aka no ni:+ Filistifo ne Gesurfo+ mpɔtam hɔ nyinaa 3 (efi Nil fã* a ɛda Egypt apuei* kosi Ekron hye so wɔ atifi fam, baabi a na wobu no sɛ Kaananfo asaase no);+ nsaase a na Filistifo ahemfo baanum+ di so yi ka ho—Gasa, Asdod,+ Askelon,+ Gat,+ ne Ekron;+ ɛnna Awim+ 4 wɔ anaafo; Kaananfo asaase nyinaa; Meara a ɛyɛ Sidonfo asaase+ kosi Afek, kɔpem Amorifo hye so; 5 Gebalfo+ asaase ne Lebanon apuei fam nyinaa, efi Baal-Gad wɔ Hermon Bepɔw ase de kosi Lebo-Hamat;*+ 6 wɔn a wɔtete bepɔw so nyinaa, efi Lebanon+ kosi Misrefot-Maim;+ ne Sidonfo+ nyinaa. Metu wɔn afi Israelfo anim.*+ Hwɛ sɛ wode bɛka Israel agyapade ho, sɛnea meka kyerɛɛ wo no.+ 7 Afei kyɛ asaase yi ma mmusuakuw akron no ne Manase abusuakuw fã no sɛ wɔn agyapade.”+

8 Manase abusuakuw no fã a aka no ne Rubenfo ne Gadfo kɔfaa wɔn agyapade a Mose de maa wɔn wɔ Yordan agya wɔ apuei fam no, sɛnea na Yehowa akoa Mose de ama wɔn dedaw no:+ 9 efi Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bon*+ ano ne kurow a ɛwɔ bon no mfinimfini ne Medeba Bepɔw so asaase tratraa no nyinaa so de kosi Dibon; 10 ne Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon no nkurow nyinaa, kosi Ammonfo hye so;+ 11 Gilead, ne Gesurfo ne Maakatfo+ nsaase, ne Hermon Bepɔw nyinaa ne Basan+ nyinaa de kosi Saleka;+ 12 ne Og a odii ade wɔ Astarot ne Edrei no ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa. (Refaimfo a na wɔaka no, na Og ka ho.)+ Mose dii wɔn so nkonim tuu wɔn fii hɔ.*+ 13 Nanso Israelfo antu Gesurfo ne Maakatfo;*+ mmom Gesurfo ne Maakatfo te Israelfo mu besi nnɛ.

14 Lewi abusuakuw no nko ara na wamma wɔn agyapade.+ Afɔre a wɔde ogya hyew ma Israel Nyankopɔn Yehowa no, ɛno ne wɔn agyapade,+ sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+

15 Afei Mose de Ruben abusuakuw no agyapade maa wɔn sɛnea wɔn mmusua te. 16 Wɔn asaase no fi Aroer a ɛwɔ Arnon Bon* ano ne kurow a ɛwɔ bon no mfinimfini ne Medeba Bepɔw so asaase tratraa no nyinaa so; 17 Hesbon ne ɛho nkurow+ a ɛwɔ bepɔw so asaase tratraa no so nyinaa, ne Dibon ne Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon+ 18 ne Yahas+ ne Kedemot+ ne Mefaat+ 19 ne Kiriataim ne Sibma+ ne Seret-Saha wɔ obon no mu* bepɔw so, 20 ne Bet-Peor ne Pisga mmepɔw ase+ ne Bet-Yesimot,+ 21 ne nkurow a ɛwɔ bepɔw so asaase tratraa no so nyinaa ne Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon+ no ahemman nyinaa. Mose dii ɔno ne Midian atitiriw yi nyinaa so nkonim:+ Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba.+ Wɔn na na wɔyɛ Sihon abirɛmpɔn* a wɔwɔ asaase no so. 22 Na Beor ba Baalam+ a nkurɔfo kɔ ne nkyɛn abisa+ no nso, Israelfo de sekan kum no kaa wɔn a wokunkum wɔn no ho. 23 Yordan na na ɛyɛ Ruben abusuakuw no hye; na asaase yi nyinaa bɛyɛɛ Ruben abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te, nkurow no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa.

24 Afei Mose de Gad abusuakuw no, kyerɛ sɛ Gadfo, agyapade maa wɔn sɛnea wɔn mmusua te. 25 Wɔn hye fi Yaser+ ne Gilead nkurow no nyinaa ne Ammonfo+ asaase no fã kosi Aroer a ɛda Raba+ anim. 26 Afei efi Hesbon+ kɔ Ramat-Mispe ne Betonim, na ɛkɔfa Mahanaim+ kɔ Debir hye so. 27 Na obon no mu* nso, ɛfa Bet-Haram ne Bet-Nimra+ ne Sukot+ ne Safon, Hesbon hene Sihon+ ahemman a aka no, na ɛfa Yordan ho kɔpem Kineret Po*+ no ano wɔ Yordan apuei fam. 28 Eyi ne Gad abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te, nkurow no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa.

29 Afei Mose de Manase abusuakuw fã no agyapade maa wɔn; ɔde maa Manase abusuakuw fã no sɛnea wɔn mmusua te.+ 30 Wɔn hye fi Mahanaim+ ne Basan nyinaa, kyerɛ sɛ, Basan hene Og ahemman nyinaa, ne Yair+ ntamadan nkurow a ɛwowɔ Basan nyinaa; nkurow no yɛ 60. 31 Na Gilead fã, ne Astarot ne Edrei+ nkurow a ɛwɔ Basan hene Og ahemman mu no kodii Manase ba Makir mma+ nsam, na ɛbɛyɛɛ Makir mma no mu fã dea, sɛnea wɔn mmusua te.

32 Eyi ne agyapade a Mose kyekyɛ maa wɔn wɔ Moab sare so wɔ Yordan agya, Yeriko apuei fam.+

33 Nanso Lewi abusuakuw no de, Mose amma wɔn agyapade no bi.+ Israel Nyankopɔn Yehowa ne wɔn agyapade, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+

14 Eyi ne agyapade a Israelfo nyae wɔ Kaanan asaase so a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu mpanyimfo kyɛ maa wɔn.+ 2 Wɔbɔɔ ntonto de kyɛɛ agyapade no+ maa mmusuakuw akron ne fã no,+ sɛnea na Yehowa nam Mose so ahyɛ no. 3 Ná Mose de mmusuakuw abien ne fã no agyapade ama wɔn dedaw wɔ Yordan agya.*+ Lewifo de, wamma wɔn agyapade no bi wɔ wɔn mu.+ 4 Wɔfaa Yosef asefo sɛ mmusuakuw abien,+ Manase ne Efraim.+ Wɔantwa asaase no bi amma Lewifo no, gye nkurow+ a wɔbɛtena mu ne ɛho nsaase a wɔn nyɛmmoa bedidi so na wɔde wɔn nneɛma agu so.+ 5 Enti Israelfo no kyekyɛɛ asaase no sɛnea na Yehowa ahyɛ Mose no.

6 Afei Yuda mmarima baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal,+ na Kenisini Yefune ba Kaleb+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wunim asɛm a Yehowa ka faa me ne wo ho+ kyerɛɛ nokware Nyankopɔn nipa Mose+ wɔ Kades-Barnea.+ 7 Bere a Yehowa akoa Mose somaa me fii Kades-Barnea sɛ menkɔhwɛ asaase no,+ na madi mfe 40, na mesan bae de asɛm a ɛwom biara bɛtoo n’anim.*+ 8 Me nuanom a me ne wɔn kɔe no maa nnipa no koma tui;* nanso me de, mede me koma nyinaa* dii Yehowa me Nyankopɔn akyi.+ 9 Saa da no, Mose kaa ntam sɛ: ‘Asaase a wode wo nan sii so no bɛyɛ wo ne wo mma agyapade daa, efisɛ wode wo koma nyinaa adi Yehowa me Nyankopɔn akyi.’+ 10 Na sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ no,+ wama matena ase+ mfe 45 ni, efi bere a Yehowa hyɛɛ Mose bɔ no, bere a na Israelfo nam sare so no.+ Ɛnnɛ meda so te ase, na madi mfe 85. 11 Ɛnnɛ meda so wɔ ahoɔden te sɛ da a Mose somaa me no. Ahoɔden a na mewɔ saa bere no, seesei saa ara na ɛte; metumi de akɔ ɔko asan de ayɛ nneɛma foforo. 12 Enti fa asaase a ɛwɔ bepɔw so a Yehowa hyɛɛ ho bɔ saa da no ma me. Ɛwom, saa da no wotee sɛ Anakfo+ wɔ hɔ, na wɔwɔ nkurow akɛse a wɔabɔ ho ban.+ Nanso minim sɛ Yehowa bɛka me ho,+ na mɛpam wɔn* sɛnea Yehowa kae no.”+

13 Enti Yosua hyiraa Yefune ba Kaleb, na ɔde Hebron maa no sɛ n’agyapade.+ 14 Ɛno nti na ɛde besi nnɛ, Hebron yɛ Kenisini Yefune ba Kaleb agyapade no, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii Israel Nyankopɔn Yehowa akyi.+ 15 Kan no, na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba+ (ná Arba yɛ Anakfo mu ɔkatakyi). Na wɔanko wɔ asaase no so bio.+

15 Asaase a wɔbɔɔ ntonto de maa+ Yuda abusuakuw mu mmusua no, ɔhye no kɔfa Edom,+ Sina sare so, kosi Negeb anaafo. 2 Wɔn hye a ɛda anaafo no fi Nkyene Po* no ano noho,+ efi baabi a ɛpo no didi kɔ asaase mu a ani kyerɛ anaafo fam no. 3 Ɛkɔfa anaafo fam kɔ Akrabim koko+ so kosi Sina, na efi anaafo foro kɔfa Kades-Barnea+ twam kɔ Hesron, foro kɔfa Adar kɔntɔn kɔ Karka. 4 Afei etwam kɔ Asmon+ kɔfa Egypt Subon+ no ho, na ɔhye no ano kɔpem Ɛpo no.* Eyi ne wɔn hye a ɛda anaafo fam no.

5 Wɔn hye a ɛda apuei no nam Nkyene Po* no ano de kosi Yordan agya. Na atifi fam hye no fi baabi a ɛpo no didi kɔ asaase mu wɔ Yordan agya no.+ 6 Ɔhye no foro kɔfa Bet-Hogla+ twam kɔ Bet-Araba+ atifi, na ɛforo kɔ Ruben ba Bohan bo+ no ho. 7 Ɔhye no foro kɔfa Debir wɔ Akor Bon+ no mu,* na ɛdan kɔ atifi kodu Gilgal+ a ɛda Adumim koko anim wɔ subon no anaafo. Na ɔhye no twam kɔfa En-Semes+ nsu no ho kɔpem En-Rogel.+ 8 Ɔhye no foro kɔfa Hinom Ba Bon*+ no ano kosi Yebusi+ koko no nkyɛnmu wɔ anaafo, kyerɛ sɛ, Yerusalem.+ Na bepɔw a ani kyerɛ Hinom Bon no atɔe fam wɔ Refaim Bon no atifi fam tɔnn no, ɔhye no foro kɔ n’atifi. 9 Ɔhye no fi bepɔw no atifi kɔ Neftoa asuti ho,+ na efi hɔ kɔfa nkurow a ɛwɔ Efron Bepɔw so no ho; na ɛtoa so kɔ Baala, kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim.+ 10 Ɔhye no kɔntɔn fi Baala wɔ atɔe kɔfa Seir Bepɔw ho, na ɛkɔ atifi fam kɔfa Yearim Bepɔw ho, kyerɛ sɛ, Kesalon; na esian kɔfa Bet-Semes+ kɔ Timna.+ 11 Ɔhye no kɔfa Ekron+ koko no nkyɛnmu wɔ atifi fam, na efi hɔ kɔ Sikeron twam kɔ Baala Bepɔw ho, na efi hɔ kɔ Yabneel; ɔhye no kɔpem ɛpo no ano.

12 Atɔe fam hye no ne Ɛpo Kɛse* no mpoano.+ Eyi ne Yuda asefo hye ano nyinaa, sɛnea wɔn mmusua te.

13 Yefune ba Kaleb+ de, ɔmaa no asaase wɔ Yuda asefo mu sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ná Arba yɛ Anak agya). Saa kurow yi ara ne Hebron.+ 14 Na Kaleb tuu Anak mma+ baasa no fii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai,+ Anak asefo. 15 Ofi hɔ foro kɔɔ Debirfo so.+ (Kan no, na wɔfrɛ Debir sɛ Kiriat-Sefer.) 16 Afei Kaleb kae sɛ: “Ɔbarima a obetumi ako afa Kiriat-Sefer no, mede me babea Aksa bɛma no aware.” 17 Ɛnna Kaleb nua Kenas+ ba Otniel+ kɔko fae. Enti Kaleb de ne babea Aksa+ maa no waree. 18 Bere a Aksa rekɔ fie no, otutu guu ne kunu asom sɛ ommisa asaase mfi ne papa hɔ. Ɛnna Aksa si fii n’afurum no so.* Na Kaleb bisaa no sɛ: “Ɛdɛn na wopɛ?”+ 19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mepa wo kyɛw, hyira me. Woadi kan ama me asaase wɔ anaafo.* Fa Gulot-Maim* nso ma me ɛ.” Enti ɔde Gulot Atifi ne Gulot Anaafo maa no.

20 Eyi ne agyapade a wɔde maa Yuda abusuakuw no sɛnea wɔn mmusua te.

21 Yuda abusuakuw no nkurow a ɛda anaafo fam a ɛbɛn Edom hye so+ pɛɛ no ne: Kabseel, Eder, Yagua, 22 Kina, Dimona, Adada, 23 Kedes, Hasor, Yitnan, 24 Sif, Telem, Bealot, 25 Hasor-Hadata, ne Keriot-Hesron, kyerɛ sɛ, Hasor, 26 Amam, Sema, Molada,+ 27 Hasar-Gada, Hesmon, Bet-Pelet,+ 28 Hasar-Sual, Beer-Seba,+ Bisiotia, 29 Baala, Yim, Esem, 30 Eltolad, Kesil, Horma,+ 31 Siklag,+ Madmana, Sansana, 32 Lebaot, Silhim, Ain, ne Rimon;+ nkurow 29 ne ɛho nkuraa.

33 Sefela+ nso, nkurow a na ɛwɔ hɔ ne: Estaol, Sora,+ Asnah, 34 Sanoa, En-Ganim, Tapua, Enam, 35 Yamut, Adulam,+ Soko, Aseka,+ 36 Saaraim,+ Aditaim, ne Gedera, ne Gederotaim;* nkurow 14 ne ɛho nkuraa.

37 Senan, Hadasa, Migdal-Gad, 38 Dilean, Mispe, Yokteel, 39 Lakis,+ Boskat, Eglon, 40 Kabon, Lamam, Kitlis, 41 Gederot, Bet-Dagon, Naama, ne Makeda;+ nkurow 16 ne ɛho nkuraa.

42 Libna,+ Eter, Asan,+ 43 Yifta, Asnah, Nesib, 44 Keila, Aksib, ne Maresa; nkurow akron ne ɛho nkuraa.

45 Ekron ne ɛho nkurow ne nkuraa; 46 efi Ekron kɔ atɔe fam nsaase a ɛwɔ Asdod ne ɛho nkuraa nyinaa.

47 Asdod+ ne ɛho nkurow ne nkuraa; Gasa+ ne ɛho nkurow ne nkuraa, de kosi Egypt Subon no, ne Ɛpo Kɛse* no, ne ɛho mantam nyinaa.+

48 Na bepɔw so nkurow Samir, Yatir,+ Soko, 49 Dana, Kiriat-Sanna, kyerɛ sɛ, Debir, 50 Anab, Estemo,+ Anim, 51 Gosen,+ Holon, Gilo;+ nkurow 11 ne ɛho nkuraa.

52 Arab, Duma, Esan, 53 Yanim, Bet-Tapua, Afeka, 54 Humta, Kiriat-Arba, kyerɛ sɛ, Hebron,+ ne Sior; nkurow akron ne ɛho nkuraa.

55 Maon,+ Karmel, Sif,+ Yuta, 56 Yesreel, Yokdeam, Sanoa, 57 Kain, Gibea, ne Timna;+ nkurow du ne ɛho nkuraa.

58 Halhul, Bet-Sur, Gedor, 59 Maarat, Bet-Anot, ne Eltekon; nkurow asia ne ɛho nkuraa.

60 Kiriat-Baal, kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim,+ ne Raba; nkurow abien ne ɛho nkuraa.

61 Sare so nkurow nso ne: Bet-Araba,+ Midin, Sekaka, 62 Nibsan, Nkyene Kurow, ne En-Gedi;+ nkurow asia ne ɛho nkuraa.

63 Na Yebusifo+ a na wɔte Yerusalem+ no de, Yudafo no antumi antu wɔn amfi hɔ;+ na Yebusifo ne Yudafo tenaa Yerusalem de besi nnɛ.

16 Asaase a wɔnam ntonto so+ de maa Yosef+ asefo no, efi Yordan a ɛbɛn Yeriko kosi Yeriko nsu ho wɔ apuei; ɛkɔfa sare a efi Yeriko foro kɔ Betel mmepɔw mu no so.+ 2 Asaase no san kɔfa Betel a ɛwɔ Lus twam kɔ Arkifo hye so wɔ Atarot, 3 afei esian kɔ atɔe kɔfa Yafletfo hye so de kosi Anaafo Bet-Horon+ hye so, na efi hɔ kɔ Geser+ kɔpem ɛpo no ano.

4 Na Yosef asefo,+ Manase ne Efraim, nyaa wɔn asaase.+ 5 Asaase a Efraim asefo nyae sɛnea wɔn mmusua te ni: Wɔn agyapade no hye a ɛwɔ apuei no fi Atarot-Adar+ de kosi Atifi Bet-Horon,+ 6 na ɔhye no kɔfa po no ano. Atifi fam nso, na ɔhye no fa Mikmetat,+ na ɛkɔntɔn fa apuei kɔ Taanat-Silo, na ɛtoa so wɔ apuei hɔ kodu Yanoa. 7 Afei esian fi Yanoa kɔ Atarot ne Naara, na ɛkɔfa Yeriko+ kɔ Yordan ano. 8 Ɔhye no fi Tapua+ toa so kɔ atɔe kodu Kana Subon ho, na ɛkɔpem po no ano.+ Eyi ne Efraim abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te. 9 Efraim asefo nyaa nkurow nso wɔ Manase agyapade mu,+ nkurow ne ɛho nkuraa nyinaa.

10 Nanso wɔampam Kaananfo a na wɔwɔ Geser no,+ enti Kaananfo kɔɔ so tenaa Efraimfo mu de besi nnɛ,+ na wɔde wɔn yɛɛ nkoadwuma.+

17 Na ntonto no+ yii Manase+ abusuakuw no de maa wɔn, efisɛ ɔno ne Yosef ba panyin.+ Manase ba panyin Makir+ a ɔyɛ Gilead papa no nyaa Gilead ne Basan+ efisɛ na ɔyɛ ɔsabarima. 2 Na ntonto no yii Manase asefo a aka no nso de maa wɔn sɛnea wɔn mmusua te: Abiesar+ mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma. Eyinom ne Yosef ba Manase asefo mma mmarima no, sɛnea wɔn mmusua te.+ 3 Nanso Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad+ de, na onni ɔbabarima biara; ne mma nyinaa yɛ mmea. Ne mma mmea no din ni: Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa. 4 Na wɔbaa ɔsɔfo Eleasar+ ne Nun ba Yosua ne mpanyimfo no nkyɛn bɛkae sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapade wɔ yɛn nua mmarima mu.”+ Enti ɔmaa wɔn agyapade wɔ wɔn papa nua mmarima mu sɛnea Yehowa kae no.+

5 Manase san nyaa nsaase du; ɛsono Gilead ne Basan asaase a ɛwɔ Yordan agya* no,+ 6 efisɛ Manase mma mmea no nyaa agyapade sɛnea ne mma mmarima nyaa agyapade no, na Gilead asaase no bɛyɛɛ Manase asefo nkae no agyapade.

7 Manase hye no fi Aser kɔ Mikmetat,+ wɔ Sekem+ anim. Ɔhye no fi hɔ fa anaafo* kɔ En-Tapuafo asaase so. 8 Tapua+ asaase no bedii Manasefo nsam, nanso Tapua kurow a ɛwɔ Manase hye so no yɛ Efraim asefo dea. 9 Ɔhye no sian kɔ Kana Subon no ho, subon no anaafo fam. Ná Efraim nkurow no bi wɔ Manase nkurow no mu,+ na na Manase hye no wɔ subon no atifi, na ano kɔpem po no ano.+ 10 Anaafo yɛ Efraim dea na atifi nso yɛ Manase dea; ne hye kɔpem ɛpo no ano.+ Wɔne* Aser bɔ hye wɔ atifi na wɔne* Isakar nso bɔ hye wɔ apuei.

11 Nea Manase nyae wɔ Isakar ne Aser nsaase so ne Bet-Sean ne ɛho nkuraa, Yibleam+ ne ɛho nkuraa, Dor+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, En-Dor+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, Taanak+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, ne Megido mu nnipa ne ɛho nkuraa, nkurow abiɛsa a egu nkoko so.

12 Nanso Manase asefo antumi anko amfa nkurow yi, na Kaananfo kɔɔ so tenaa asaase no so.+ 13 Bere a Israelfo ho yɛɛ den no, wɔmaa Kaananfo no yɛɛ nkoadwuma,+ nanso wɔantu wɔn amfi hɔ korakora.+

14 Na Yosef asefo no kobisaa Yosua sɛ: “Adɛn nti na woabɔ ntonto ama yɛn* asaase baako pɛ,+ na woatwa asaase baako ama yɛn sɛ yɛn agyapade? Yɛyɛ ɔman kɛse, na Yehowa ahyira yɛn abedu sesɛɛ.”+ 15 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ woyɛ ɔman kɛse saa a, ɛnde foro kɔ kwae a ɛwɔ Perisifo ne Refaimfo asaase so no,+ na kobu hɔ fa, efisɛ bepɔw so asaase a ɛwɔ Efraim no+ sua ma wo.” 16 Na Yosef asefo no kae sɛ: “Bepɔw no sua ma yɛn, na Kaananfo a wɔte bon no mu nyinaa,* wɔn a wɔte Bet-Sean+ ne ɛho nkuraa mu ne wɔn a wɔte Yesreel Bon mu*+ no wɔ nteaseɛnam+ a sekan tuatua ho.”* 17 Enti Yosua ka kyerɛɛ Yosef fi, Efraim ne Manase sɛ: “Woyɛ ɔman kɛse na wo ho yɛ den yiye. Ɛnyɛ asaase baako pɛ na wubenya,+ 18 na mmom bepɔw no so nso bɛyɛ wo dea.+ Ɛwom sɛ ɛyɛ kwae de, nanso bu fa, na ɛhɔ na w’asaase no ano bɛpem. Kaananfo no ho yɛ den na wɔwɔ nteaseɛnam a sekan tuatua ho* de, nanso wubetu wɔn afi hɔ.”+

18 Afei Israel asafo no nyinaa kohyiae wɔ Silo,+ na wosii ahyiae ntamadan no wɔ hɔ,+ efisɛ afei de, na asaase no abedi wɔn nsam.+ 2 Nanso na aka Israel mmusuakuw ason a wɔnkyɛɛ wɔn agyapade mmaa wɔn. 3 Enti Yosua bisaa Israelfo no sɛ: “Mobɛtwentwɛn mo nan ase akosi da bɛn na moakɔfa asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?+ 4 Munyi mmarima baasa mfi abusuakuw biara mu mma me na mensoma wɔn; ɛsɛ sɛ wɔkɔfa asaase no so na wosusuw na wohu nea abusuakuw biara benya, na wɔsan ba me nkyɛn. 5 Wɔnkyɛ asaase no mu ason mfa.+ Yuda bɛka n’asaase so wɔ anaafo,+ na Yosef fi nso aka wɔn asaase so wɔ atifi.+ 6 Mo de, monkyekyɛ asaase no mu ason, na monkyerɛw ho nsɛm mmrɛ me wɔ ha, na mɛbɔ ntonto+ wɔ ha wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim ama mo. 7 Na Lewifo no de, wɔremma wɔn mo asaase no bi,+ efisɛ wɔn agyapade ne Yehowa asɔfodi.+ Gad ne Ruben ne Manase abusuakuw fã+ no nso anya wɔn agyapade dedaw wɔ Yordan agya wɔ apuei fam, nea Yehowa akoa Mose de maa wɔn no.”

8 Enti mmarima no sɔree sɛ wɔrekɔ, na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekosusuw asaase no sɛ: “Monkɔ na monkɔfa asaase no so; munsusuw na monsan mmra me nkyɛn, na mɛbɔ ntonto wɔ ha wɔ Yehowa anim wɔ Silo ama mo.”+ 9 Na mmarima no siim kɔfaa asaase no so susuwii, na wɔkyekyɛɛ mu ason; emu biara ne ne nkurow, na wɔkyerɛwee wɔ nhoma mu. Afei wɔsan baa Yosua nkyɛn wɔ Silo asoɛe hɔ. 10 Na Yosua bɔɔ ntonto maa wɔn wɔ Silo wɔ Yehowa anim.+ Ɛhɔ na Yosua kyɛɛ asaase no maa Israelfo no maa obiara nyaa ne kyɛfa.+

11 Wɔbɔɔ ntonto maa Benyamin abusuakuw no nyaa wɔn asaase sɛnea wɔn mmusua te. Wɔn asaase no da Yuda asefo+ ne Yosef asefo+ no ntam. 12 Atifi fam no, wɔn hye no fi Yordan ho foro kɔfa Yeriko+ nkoko so wɔ atifi, na ɛforo kɔfa bepɔw no so wɔ atɔe kɔpem Bet-Awen+ sare so. 13 Na ɔhye no toa so fi hɔ kɔfa Lus (ɛno ara ne Betel).+ Ɛfa Lus nkoko a ɛwɔ anaafo no ho; na esian kɔfa Atarot-Adar+ wɔ bepɔw a ɛwɔ Anaafo Bet-Horon+ anaafo fam no so. 14 Ɔhye no fi bepɔw a ɛwɔ Bet-Horon anim wɔ anaafo no so kɔntɔn fa atɔe fam kɔ anaafo; na ɛkɔpem Kiriat-Baal, kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim,+ Yuda kurow bi. Eyi ne atɔe fam hye no.

15 Anaafo fam hye no fi Kiriat-Yearim ano noho, na ɔhye no toa so kɔ atɔe; na ɛkɔ Neftoa asuti ho.+ 16 Ɔhye no sian kɔfa bepɔw a ɛne Hinom Ba Bon+ di nhwɛanim no ho pɛɛ. Saa bepɔw yi kɔ ara kodu Refaim+ Bon* no atifi fam. Na ɔhye no sian kɔfa Hinom Bon mu kɔ Yebusifo+ koko so wɔ anaafo fam, na esian kɔ En-Rogel.+ 17 Na afei ɛkɔ atifi fam, na ɛkɔfa En-Semes kɔ Gelilot a ɛwɔ Adumim koko+ no anim, na esian kɔ Ruben ba Bohan bo+ no ho. 18 Na ɛtoa so kɔ atifi fam kɔfa Araba koko no anim sian kɔ Araba. 19 Ɔhye no toa so kɔ Bet-Hogla+ koko so wɔ atifi fam. Na ano kɔpem baabi a Nkyene Po*+ no didi kɔ asaase mu wɔ atifi fam wɔ Yordan anaafo no. Eyi ne anaafo fam hye no. 20 Asaase no hye a ɛda apuei fam no ne Yordan. Eyi ne agyapade a wɔde maa Benyamin asefo sɛnea wɔn mmusua te; n’afã nyinaa ahye ne no.

21 Nkurow a ebedii Benyamin abusuakuw no nsam sɛnea wɔn mmusua te no ni: Yeriko, Bet-Hogla, Emek-Kesis, 22 Bet-Araba,+ Semaraim, Betel,+ 23 Awim, Para, Ofra, 24 Kefa-Amoni, Ofni, ne Geba;+ nkurow 12 ne ɛho nkuraa.

25 Gibeon,+ Rama, Beerot, 26 Mispe, Kefira, Mosa, 27 Rekem, Yirpeel, Tarala, 28 Sela,+ Ha-Elef, Yebusi, kyerɛ sɛ, Yerusalem,+ ne Gibea+ ne Kiriat; nkurow 14 ne ɛho nkuraa.

Eyi ne Benyamin asefo agyapade sɛnea wɔn mmusua te.

19 Afei ntonto+ a ɛto so abien no kɔ maa Simeon, kyerɛ sɛ, Simeon abusuakuw no,+ sɛnea wɔn mmusua te. Ná wɔn agyapade no wɔ Yuda asaase so.+ 2 Ná wɔn agyapade no ne Beer-Seba,+ Saba, Molada,+ 3 Hasar-Sual,+ Bala, Esem,+ 4 Eltolad,+ Betul, Horma, 5 Siklag,+ Bet-Makabot, Hasar-Susa, 6 Bet-Lebaot+ ne Saruhen; nkurow 13 ne ɛho nkuraa. 7 Ain, Rimon, Eter, ne Asan+—nkurow anan ne ɛho nkuraa; 8 ɛne nkuraa a atwa nkurow yi ho ahyia nyinaa de kosi Baalat-Beer ne Rama wɔ anaafo. Eyi ne Simeon abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te. 9 Yuda agyapade no bi na wɔde maa Simeon asefo no, efisɛ na Yuda agyapade no so dodo ma wɔn. Enti Simeon asefo nyaa agyapade wɔ Yuda asaase so.+

10 Ntonto+ a ɛto so abiɛsa no kɔ maa Sebulon+ asefo sɛnea wɔn mmusua te. Ná wɔn agyapade no hye kosi Sarid. 11 Wɔn hye no foro fa atɔe fam kɔ Mareal de kosi Dabeset, na ɛkɔpem subon a ɛne Yokneam di nhwɛanim no. 12 Efi Sarid kɔfa apuei* kɔ Kislot-Tabor hye so, na efi hɔ kɔfa Daberat+ foro kɔ Yafia. 13 Efi hɔ toa so fa apuei* kɔ Gat-Hefer+ ne Et-Kasin. Na ekyim kɔ Rimon, na ɛtoa so kɔ Nea. 14 Ɔhye no kɔntɔn fa atifi kɔ Hanaton, na ano kɔpem Yifta-El Bon mu, 15 ne Katat, Nahalal, Simron,+ Yidala, ne Betlehem;+ nkurow 12 ne ɛho nkuraa. 16 Eyi ne Sebulon asefo agyapade sɛnea wɔn mmusua te.+ Eyinom ne nkurow no ne ɛho nkuraa.

17 Ntonto+ a ɛto so anan no kɔ maa Isakar,+ Isakar asefo sɛnea wɔn mmusua te. 18 Wɔn asaase no hye kɔfa Yesreel,+ Kesulot, Sunem,+ 19 Hafraim, Sihon, Anaharat, 20 Rabit, Kision, Ebes, 21 Remet, En-Ganim,+ En-Hada, ne Bet-Pases. 22 Na ɔhye no san kɔfa Tabor,+ Sahasuma, ne Bet-Semes, na wɔn hye no ano kɔpem Yordan ho; nkurow 16 ne ɛho nkuraa. 23 Eyi ne Isakar abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te;+ nkurow no ne ɛho nkuraa.

24 Ntonto+ a ɛto so anum no kɔ maa Aser+ abusuakuw no sɛnea wɔn mmusua te. 25 Ná wɔn hye ne Helkat,+ Hali, Beten, Aksaf, 26 Alamelek, Amad, ne Misal. Ɛkɔ atɔe kɔfa Karmel+ ne Sihor-Libnat, 27 na ɛsan kɔfa apuei kɔ Bet-Dagon kosi Sebulon ne Yifta-El Bon mu wɔ atifi; ɛkɔ Bet-Emek ne Neiel, na efi hɔ kɔ Kabul wɔ benkum so, 28 na ɛkɔfa Ebron, Rehob, Hamon, ne Kana, na ekodu Sidon+ Kɛse. 29 Na ɔhye no dan kɔfa Rama kɔ ara kodu Tiro+ kurow a wɔabɔ ho ban no mu. Afei ɛdan kɔ Hosa, na ɛkɔ kɔpem ɛpo no wɔ Aksib mpɔtam, 30 Uma, Afek,+ ne Rehob;+ nkurow 22 ne ɛho nkuraa. 31 Eyi ne Aser abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te.+ Eyinom ne nkurow no ne ɛho nkuraa.

32 Ntonto+ a ɛto so asia no kɔ maa Naftali asefo, Naftali asefo no, sɛnea wɔn mmusua te. 33 Wɔn hye no fi Helef kɔfa Saananim dua kɛse no+ ho kɔ Adami-Nekeb ne Yabneel kosi Lakum; na ano kɔpem Yordan. 34 Ɔhye no dan kɔ atɔe kɔfa Asnot-Tabor, na efi hɔ kɔ Hukok kosi Sebulon wɔ anaafo, ne Aser wɔ atɔe, ne Yuda wɔ Yordan apuei fam. 35 Nkurow a wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hammat,+ Rakat, Kineret, 36 Adama, Rama, Hasor,+ 37 Kedes,+ Edrei, En-Hasor, 38 Yiron, Migdal-El, Horem, Bet-Anat, ne Bet-Semes;+ nkurow 19 ne ɛho nkuraa. 39 Eyi ne Naftali abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te;+ nkurow ne ɛho nkuraa.

40 Ntonto+ a ɛto so ason no kɔ maa Dan+ abusuakuw no sɛnea wɔn mmusua te. 41 Wɔn agyapade no hye fa Sora,+ Estaol, Ir-Semes, 42 Saalabin,+ Ayalon,+ Yitla, 43 Elon, Timna,+ Ekron,+ 44 Elteke, Gibeton,+ Baalat, 45 Yehud, Bene-Berak, Gat-Rimon,+ 46 Me-Yarkon ne Rakon, na ɔhye no kɔfa Yopa+ anim. 47 Nanso na Danfo asaase sua ma wɔn dodo.+ Enti wɔforo kɔe ne Lesemfo+ kɔkoe, na wɔfaa kurow no, na wɔtwee sekan sɛee no. Afei wɔfae na wɔtenaa hɔ, na wɔsesaa kurow no din Lesem de wɔn agya Dan din too so, enti wɔfrɛɛ no Dan.+ 48 Eyi ne Dan abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te. Eyinom ne nkurow no ne ɛho nkuraa.

49 Enti wɔkyekyɛɛ asaase no wiei sɛnea n’ahye no te de yɛɛ agyapade. Afei Israelfo maa Nun ba Yosua agyapade wɔ wɔn mu. 50 Sɛnea Yehowa kae no, wɔde kurow a obisae no maa no. Ɛno ne Timnat-Sera+ a ɛwɔ Efraim mmepɔw mu no. Ɔkyekyee kurow no, na ɔtenaa mu.

51 Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu mpanyimfo bɔɔ ntonto wɔ Silo+ kyekyɛ maa wɔn.+ Wɔyɛɛ saa wɔ Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no ano.+ Enti wowiee asaase no kyekyɛ.

20 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Munyi guankɔbea nkurow+ a menam Mose so kaa ho asɛm kyerɛɛ mo no, 3 na sɛ obi kum obi na wanhyɛ da anaa ne nsa pa na okum* obi* a, waguan akɔ hɔ. Ɛbɛyɛ guankɔbea ama mo afi nea wɔakum no no busuani* nsam.+ 4 Onguan nkɔ nkurow yi baako mu+ na onkogyina kurow no pon ano.+ Afei ɔmfa n’asɛm nto kurow no mu mpanyimfo anim, na wɔmfa no nkɔ kurow no mu nkɔma no baabi na ɔne wɔn ntena. 5 Sɛ nea wɔakum no no busuani taa no so kɔ hɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔde nea wakum nipa no ma no, efisɛ ne nsa na ɛpa ma okum* ne yɔnko no; ná ɔntan no dedaw.+ 6 Ɔntena kurom hɔ nkosi sɛ obegyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm,+ na ɔntena hɔ nkosi sɛ ɔsɔfo panyin a ɔwɔ hɔ saa bere no bewu.+ Ɛno ansa na nea wakum nipa no betumi asan akɔ kurow a oguan fii mu no mu; obetumi akɔ ne kurom ne ne fi.’”+

7 Enti wohyiraa nkurow yi so:* Kedes+ a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali mmepɔw mu; Sekem+ a ɛwɔ Efraim mmepɔw mu; ne Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ, Hebron, wɔ Yuda mmepɔw mu. 8 Yordan mpɔtam wɔ Yeriko apuei nso, woyii Beser+ a ɛwɔ sare so no fii Ruben abusuakuw mu. Ná saa sare no wɔ bepɔw so asaase tratraa no so. Woyii Ramot+ a ɛwɔ Gilead fii Gad abusuakuw mu, ɛnna woyii Golan+ a ɛwɔ Basan fii Manase abusuakuw mu.+

9 Eyinom ne nkurow a woyi maa Israelfo nyinaa ne ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no, na sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, waguan akɔ hɔ,+ na nea wɔakum no no busuani* no ankum no kosi sɛ obegyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm.+

21 Afei Lewifo agyanom mmusua mu mpanyimfo no baa ɔsɔfo Eleasar+ ne Nun ba Yosua ne Israel mmusuakuw agyanom mmusua mu mpanyimfo nkyɛn, 2 na wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo+ wɔ Kaanan asaase so sɛ: “Yehowa nam Mose so kae sɛ wɔmma yɛn nkurow a yɛbɛtena mu ne nsaase a yɛn nyɛmmoa bedidi so.”+ 3 Enti Israelfo no yii nkurow yi ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so fii wɔn agyapade mu de maa Lewifo no,+ sɛnea Yehowa kae no.+

4 Na ntonto no bɔɔ Kohatfo mmusua no,+ na Lewifo a wɔyɛ ɔsɔfo Aaron asefo no nam ntonto so nyaa nkurow 13 fii Yuda abusuakuw+ ne Simeon abusuakuw+ ne Benyamin abusuakuw+ no hɔ.

5 Na Kohatfo a aka no, wɔnam ntonto so maa wɔn nkurow du fii mmusua a ɛwɔ Efraim abusuakuw+ ne Dan abusuakuw ne Manase abusuakuw fã no+ hɔ.

6 Na wɔnam ntonto so maa Gersonfo+ no nkurow 13 fii mmusua a ɛwɔ Isakar abusuakuw ne Aser abusuakuw ne Naftali abusuakuw ne Manase abusuakuw fã a ɛwɔ Basan no hɔ.+

7 Na Merarifo+ mmusua no nyaa nkurow 12 fii Ruben abusuakuw ne Gad abusuakuw ne Sebulon abusuakuw no hɔ.+

8 Enti Israelfo nam ntonto so de nkurow yi ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so maa Lewifo no, sɛnea Yehowa nam Mose so kae no.+

9 Na wɔde Yuda abusuakuw ne Simeon abusuakuw nkurow a wɔabobɔ din yi mae,+ 10 na ebedii Aaron mma a wofi Kohatfo mmusua mu a wɔyɛ Lewifo no nsam, efisɛ wɔn na ntonto a edi kan no kɔ maa wɔn. 11 Na wɔde Kiriat-Arba+ (ná Arba yɛ Anak agya), kyerɛ sɛ, Hebron,+ a ɛwɔ Yuda mmepɔw mu ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so maa wɔn. 12 Na kurow no ho nsaase ne ɛho nkuraa de, wɔde maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapade.+

13 Na ɔsɔfo Aaron mma no, wɔde guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ maa wɔn.+ Ɛno ne Hebron+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so. Wɔsan maa wɔn Libna+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 14 Yatir+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Estemoa+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 15 Holon+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Debir+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 16 Ain+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Yuta+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Bet-Semes ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so. Wonyaa nkurow akron fii mmusuakuw abien yi hɔ.

17 Nea wonyae wɔ Benyamin abusuakuw hɔ ni: Gibeon+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Geba ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so,+ 18 Anatot+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Almon ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan.

19 Nkurow a Aaron asefo a wɔyɛ asɔfo no nyae nyinaa yɛ nkurow 13 ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so.+

20 Na wɔnam ntonto so maa Kohatfo mmusua a aka a wɔyɛ Lewifo no nso nyaa nkurow fii Efraim abusuakuw no nkyɛn. 21 Wɔde guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ maa wɔn.+ Ɛno ne Sekem+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so a ɛwɔ Efraim mmepɔw so, ɛne Geser+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 22 Kibsaim ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Bet-Horon+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan.

23 Nea wonyae wɔ Dan abusuakuw hɔ ni: Elteke ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Gibeton ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 24 Ayalon+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Gat-Rimon ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan.

25 Nea wonyae wɔ Manase abusuakuw fã hɔ ni: Taanak+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Gat-Rimon ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow abien.

26 Nkurow a Kohatfo mmusua a aka no nyae nyinaa yɛ nkurow du ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so.

27 Nea Gersonfo+ a wofi Lewifo mmusua mu no nya fii Manase abusuakuw fã no hɔ ni: Guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Golan+ a ɛwɔ Basan ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Beestera ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow abien.

28 Nea wonyae wɔ Isakar abusuakuw no hɔ ni:+ Kision ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Daberat+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 29 Yamut ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne En-Ganim ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan.

30 Nea wonyae wɔ Aser abusuakuw hɔ ni:+ Misal ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Abdon ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 31 Helkat+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Rehob+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan.

32 Nea wonyae wɔ Naftali abusuakuw hɔ ni: Guankɔbea kurow+ a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Kedes+ a ɛwɔ Galilea ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ɛne Hamot-Dor ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Kartan ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow abiɛsa.

33 Nkurow a Gersonfo mmusua no nyae nyinaa yɛ nkurow 13 ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so.

34 Lewifo a na wɔaka ne Merarifo mmusua no.+ Nea wonyae wɔ Sebulon abusuakuw hɔ ni:+ Yokneam+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Karta ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 35 Dimna ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Nahalal+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan.

36 Nea wonyae wɔ Ruben abusuakuw hɔ ni: Beser+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Yahas ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so,+ 37 Kedemot ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Mefaat ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan.

38 Nea wonyae wɔ Gad abusuakuw hɔ ni:+ Guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Ramot a ɛwɔ Gilead+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ɛne Mahanaim+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 39 Hesbon+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Yaser+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow no nyinaa yɛ anan.

40 Lewifo mmusua a na wɔaka a wɔyɛ Merarifo mmusua no, nkurow a wonyae nyinaa yɛ 12.

41 Nkurow a Lewifo no nyae wɔ Israelfo asaase so nyinaa yɛ nkurow 48 ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so.+ 42 Ná nsaase a mmoa bedidi so atwa nkurow yi mu biara ho ahyia; saa na na nkurow yi nyinaa te.

43 Enti asaase a Yehowa kaa Israel agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no nyinaa, ɔde maa Israelfo no,+ na wɔfa tenaa so.+ 44 Afei nso, baabi a wɔwɔ biara no, Yehowa maa wɔn asomdwoe sɛnea ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom no,+ na wɔn atamfo no mu biara antumi annyina wɔn anim.+ Yehowa de wɔn atamfo nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.+ 45 Nneɛma pa a Yehowa de hyɛɛ Israelfo* bɔ no nyinaa, baako mpo anka mu; ne nyinaa baa mu.+

22 Afei Yosua frɛɛ Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no, 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moadi nea Yehowa akoa Mose hyɛɛ mo nyinaa so,+ na me nso, nea mahyɛ mo nyinaa, moadi so.+ 3 Bere tenten yi nyinaa, moannyaw mo nuanom hɔ de besi nnɛ;+ na moadi Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛde so.+ 4 Afei Yehowa mo Nyankopɔn ama mo nuanom ahome, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ Enti mubetumi asan akɔ mo ntamadan mu, asaase a Yehowa akoa Mose de maa mo wɔ Yordan agya* no so.+ 5 Na monhwɛ nni ahyɛde ne Mmara a Yehowa akoa Mose de maa mo no so.+ Nea ɛbɛma moayɛ saa ne sɛ mobɛdɔ Yehowa mo Nyankopɔn,+ mobɛfa n’akwan nyinaa so,+ mubedi n’ahyɛde so,+ mode mo ho bɛbata ne ho,+ na mode mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa asom no.”+

6 Afei Yosua hyiraa wɔn, na ogyaa wɔn kwan, na wɔkɔɔ wɔn ntamadan mu. 7 Mose maa Manase abusuakuw fã no agyapade wɔ Basan,+ na abusuakuw no fã a aka no ne wɔn nuanom nso, Yosua maa wɔn asaase wɔ Yordan atɔe fam.+ Afei nso, bere a Yosua regya wɔn kwan ama wɔakɔ wɔn ntamadan mu no, ohyiraa wɔn, 8 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa ahonyade ne nyɛmmoa ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne kɔbere ne nnade ne ntaade bebree nkɔ.+ Na mo ne mo nuanom nkyɛ nneɛma a munya fii mo atamfo hɔ wɔ ɔko mu no.”+

9 Afei Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no ne Israelfo a aka no dii mpaapaemu, na wofii Silo a ɛwɔ Kaanan asaase so, na wɔsan kɔɔ Gilead asaase so,+ asaase a Yehowa nam Mose so ka ma wɔde maa wɔn sɛ wɔn agyapade a wɔbɛtena so no.+ 10 Bere a woduu Yordan mantam mu wɔ Kaanan asaase so no, Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no sii afɔremuka wɔ Yordan ho. Ná ɛyɛ afɔremuka kɛse paa. 11 Akyiri yi, Israelfo a aka no tee sɛ wɔreka sɛ:+ “Hwɛ! Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no asi afɔremuka wɔ Yordan mpɔtam, Kaanan hye so, wɔ Israelfo no afã hɔ.” 12 Bere a Israelfo no tee no, Israel asafo no nyinaa boaboaa wɔn ho ano wɔ Silo+ sɛ wɔne wɔn rekɔko.

13 Na Israelfo somaa ɔsɔfo Eleasar ba Finehas+ kɔɔ Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no nkyɛn wɔ Gilead asaase so. 14 Ná mpanyimfo du ka ne ho; woyii ɔpanyin baako fii Israel agyanom abusuakuw biara mu. Ná wɔn mu biara da n’agyanom fi ano, Israel apem apem* mu.+ 15 Bere a woduu Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no nkyɛn wɔ Gilead asaase so no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

16 “Yehowa asafo no nyinaa se yemmisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moayɛ adebɔne yi+ atia Israel Nyankopɔn? Moasi afɔremuka de atew atua atia Yehowa, na monam so atwe mo ho afi Yehowa ho ɛnnɛ da yi.+ 17 Bɔne a yɛyɛe wɔ Peor no, ɛno ara nnɔɔso mma yɛn anaa? Ɛkɔfaa ɔhaw baa Yehowa asafo so, na ɛde besi nnɛ nyinaa, yɛntetew yɛn ho mfii ɔhaw no ho.+ 18 Ɛnna nnɛ nso mopɛ sɛ modan fi Yehowa akyi? Sɛ motew atua tia Yehowa nnɛ a, ɔkyena ne bo befuw Israel asafo no nyinaa.+ 19 Sɛ asaase a wɔde ama mo no na ɛho agu fĩ a, ɛnde muntwa mmra Yehowa asaase so,+ baabi a Yehowa som ntamadan si no,+ na mommɛtena yɛn nkyɛn. Monntew atua nntia Yehowa, na munnsi afɔremuka foforo nnka Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔremuka no ho, na amma yɛannan atuatewfo.+ 20 Bere a Sera ba Akan+ faa nneɛma a wɔkae sɛ wɔnsɛe no no, ɛnyɛ Israel asafo no nyinaa na ɛho abufuw baa wɔn so?+ Ɔno nko ara anwu wɔ ne bɔne no ho.’”+

21 Ɛnna Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no ka kyerɛɛ wɔn a wɔdeda Israel apem apem* ano no sɛ:+ 22 “Anyame mu Nyankopɔn Yehowa!* Anyame mu Nyankopɔn Yehowa!+ Ɔno na onim, na Israel nso behu. Yehowa, sɛ yɛatew atua anaa yɛayɛ adebɔne bi atia wo a, ɛnde, nnye yɛn nnɛ da yi. 23 Sɛ yesii afɔremuka fae sɛ yɛde retwe yɛn ho afi Yehowa ho, na yɛabɔ ɔhyew afɔre, aduan afɔre, ne asomdwoe afɔre wɔ so a, ɛnde Yehowa bɛtwe yɛn aso.+ 24 Ɛnte saa. Mmom biribi foforo nti na yɛyɛɛ eyi. Yɛkae wɔ yɛn tirim sɛ, ‘Daakye bi, mo mma bebisa yɛn mma sɛ: “Dɛn na mo ne Israel Nyankopɔn Yehowa wɔ yɛ? 25 Yehowa de Yordan ayɛ ɔhye ato yɛne mo Rubenfo ne Gadfo ntam. Munni kyɛfa biara wɔ Yehowa mu.” Ɛba saa a, mo mma bɛma yɛn mma agyae Yehowa som.’*

26 “Enti yɛkae sɛ: ‘Momma yɛnyɛ ho biribi ɔkwan biara so; momma yensi afɔremuka. Yɛremmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre foforo biara wɔ so, 27 na mmom ɛbɛyɛ adanse wɔ yɛne mo ne yɛn asefo* a wɔbɛba wɔ yɛn akyi no ntam+ sɛ yɛde yɛn hyew afɔre ne yɛn asomdwoe afɔre ne afɔre foforo a aka bɛba Yehowa anim abɛsom no,+ na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: “Munni kyɛfa biara wɔ Yehowa mu.”’ 28 Enti yɛkae sɛ, ‘Sɛ ɛba sɛ ɔkyena bi wɔka saa kyerɛ yɛne yɛn asefo* a, yɛbɛka sɛ: “Monhwɛ Yehowa afɔremuka sɛso a yɛn agyanom yɛe. Ɛnyɛ ɔhyew afɔre anaa afɔre foforo biara nti na wɔyɛe, na mmom wɔyɛe sɛ ɛnyɛ adanse wɔ yɛne mo ntam.”’ 29 Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛtew atua atia Yehowa na yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho+ akosi afɔremuka foforo na yɛabɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre anaa afɔre foforo biara wɔ so bere a Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔremuka a esi ne som ntamadan anim no wɔ hɔ!”+

30 Bere a ɔsɔfo Finehas ne asafo no mu mpanyimfo ne wɔn a wɔdeda Israel apem apem* ano a wɔka ne ho no tee asɛm a Ruben asefo ne Gad asefo ne Manase asefo kae no, ɛtɔɔ wɔn asom.+ 31 Enti ɔsɔfo Eleasar ba Finehas ka kyerɛɛ Ruben asefo ne Gad asefo ne Manase asefo no sɛ: “Ɛnnɛ yɛahu sɛ Yehowa wɔ yɛn ntam, efisɛ moanyɛ eyi sɛ mode resɔre atia Yehowa. Seesei Yehowa rentwe Israelfo aso.”*

32 Afei ɔsɔfo Eleasar ba Finehas ne mpanyimfo no ne Rubenfo ne Gadfo no dii mpaapaemu wɔ Gilead asaase so, na wɔsan baa Israelfo a aka no nkyɛn wɔ Kaanan asaase so bɛbɔɔ wɔn amanneɛ. 33 Asɛm no tɔɔ Israelfo no asom. Enti Israelfo no yii Onyankopɔn ayɛ, na wɔanka bio sɛ wɔne Rubenfo ne Gadfo bɛkɔ akɔko na wɔasɛe asaase a wɔte so no.

34 Na Rubenfo ne Gadfo no too afɔremuka no din,* efisɛ “ɛyɛ adanse wɔ yɛn ntam sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.”

23 Yehowa maa Israelfo no home fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam.+ Ɛno akyi nna pii a na Yosua mfe akɔ anim na wabɔ akwakoraa no,+ 2 Yosua frɛɛ Israelfo nyinaa,+ mpanyimfo ne ahwɛfo ne atemmufo ne atitiriw,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me de, me mfe akɔ anim, na mabɔ akwakoraa. 3 Na mo ara moahu nea mo nti Yehowa mo Nyankopɔn de yɛɛ aman yi nyinaa; Yehowa mo Nyankopɔn na ɔko maa mo.+ 4 Monhwɛ, mebɔɔ ntonto+ kyɛɛ aman a aka yi ne wɔn a mituu wɔn ase no nyinaa+ nsaase maa mo.+ Mede maa mo mmusuakuw no sɛ agyapade, efi Yordan kosi Ɛpo Kɛse* no ho wɔ atɔe fam.* 5 Yehowa mo Nyankopɔn na opiapiaa wɔn fii mo anim,+ na mo nti, ɔpam wɔn ma mofaa wɔn nsaase* sɛnea Yehowa mo Nyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.+

6 “Enti munnya akokoduru, na monhwɛ sɛ mubedi nea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara nhoma no+ mu nyinaa so, na mommman nnkɔ nifa anaa benkum.+ 7 Na mommfa mo ho mmmɔ aman a aka wɔ mo nkyɛn yi ho.+ Mommmɔ wɔn anyame din mpo,+ mommfa wɔn din nnka ntam, monnsom wɔn, na monnkotow wɔn da.+ 8 Mmom, momfa mo ho mmata Yehowa mo Nyankopɔn ho,+ sɛnea moayɛ de abesi nnɛ da yi. 9 Yehowa bɛpam aman akɛse a wɔn ho yɛ den afi mo anim;+ efisɛ ɛde besi nnɛ, onipa biara ntumi nnyinaa mo anim.+ 10 Mo mu baako pɛ betiw nnipa apem,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔko ma mo+ sɛnea wahyɛ mo bɔ no.+ 11 Enti monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ na ama mo ani ada hɔ bere nyinaa.*+

12 “Nanso sɛ mosan mo akyi de mo ho kɔbata aman a aka a mo ne wɔn te yi ho,+ na mowareware wɔn*+ anaa mo ne wɔn bɔ a, 13 ɛnde munhu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn renkɔ so mpam* aman yi mfi mo anim.+ Na wɔbɛdan afiri ama mo, na wɔabɛyɛ abaa* wɔ mo akyi,+ ne nsɔe wɔ mo aniwa mu, akosi sɛ mo ase bɛtɔre afi asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.

14 “Hwɛ! Merebewu,* na munim mo koma nyinaa mu ne mo kra* nyinaa mu sɛ, nneɛma pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ahyɛ mo bɔ no mu asɛm baako mpo nni hɔ a ɛmmaa mu. Ne nyinaa aba mu ama mo; baako mpo nni hɔ a amma mu.+ 15 Na sɛnea nneɛma pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ahyɛ mo bɔ no nyinaa aba mu no,+ saa ara na Yehowa de nnome a ɔkae sɛ ɔde bɛba mo so no nyinaa bɛba akosi sɛ ɔbɛtɔre mo ase afi asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.+ 16 Sɛ mubu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo sɛ munni so no so, na mokɔsom anyame foforo na mokotow wɔn a, Yehowa abufuhyew bɛba mo so,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahyew koraa afi asaase pa a ɔde ama mo yi so.”+

24 Afei Yosua maa Israel mmusuakuw no nyinaa behyiae wɔ Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanyimfo ne ahwɛfo ne atemmufo ne atitiriw nyinaa+ begyinaa nokware Nyankopɔn no anim. 2 Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ: “Nea Israel Nyankopɔn Yehowa aka ni, ‘Tete no,+ na mo agyanom+ te Asubɔnten no* agya; ɛhɔ na na Abraham ne Nahor papa Tera te. Ná wɔsom anyame foforo.+

3 “‘Akyiri yi, mefaa mo nana Abraham+ fii Asubɔnten no* agya, na mema okyin Kaanan asaase nyinaa so, na memaa n’ase* trɛwee.+ Mede Isak maa no;+ 4 memaa Isak nso nyaa Yakob ne Esau.+ Akyiri yi, mede Seir Bepɔw maa Esau sɛ ɔmfa;+ Yakob ne ne mma nso sian kɔɔ Egypt.+ 5 Afei mesomaa Mose ne Aaron,+ na mede ɔhaw baa Egypt so,+ na ɛno akyi no miyii mo fii hɔ. 6 Bere a miyii mo agyanom fii Egypt+ beduu po no ho no, Egyptfo de nteaseɛnam ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so taa mo agyanom so koduu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho tɔnn.+ 7 Na wofii ase su frɛɛ Yehowa,+ enti ɔmaa esum kabii bɛdaa mo ne Egyptfo no ntam, na ɔmaa ɛpo no bu faa wɔn so kataa wɔn so.+ Mo ara mode mo ani huu nea meyɛe wɔ Egypt no.+ Na motenaa sare so mfe* pii.+

8 “‘Mede mo beduu Amorifo a wɔte Yordan agya* no asaase so, na wɔne mo koe.+ Na mede wɔn hyɛɛ mo nsa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛfa wɔn asaase, na mesɛee wɔn wɔ mo anim.+ 9 Afei Sipor ba Balak a ɔyɛ Moab hene no sɔree, na ɔne Israelfo bɛkoe. Na ɔsoma kɔfrɛɛ Beor ba Baalam sɛ ɔmmɛdome mo.+ 10 Nanso mantie Baalam.+ Enti ohyiraa mo toatoaa so,+ na migyee mo fii ne nsam.+

11 “‘Afei mutwaa Yordan+ beduu Yeriko,+ na Yerikofo ne Amorifo ne Perisifo ne Kaananfo ne Hitifo ne Girgasifo ne Hiwifo ne Yebusifo akannifo* ne mo koe. Nanso mede wɔn hyɛɛ mo nsa.+ 12 Na memaa mo ho hu* dii mo anim, na ɛpam wɔn fii mo anim,+ sɛnea meyɛɛ Amorifo ahemfo baanu no. Mo sekan nnim, mo agyan nnim.+ 13 Na memaa mo asaase a moammrɛ ho, na memaa mo nkurow tenaa mu a ɛnyɛ mo na mokyekyee.+ Bobe mfuw ne ngodua mfuw a mudidi so yi nso, ɛnyɛ mo na moyɛe.’*+

14 “Enti afei munsuro Yehowa, na momfa abrabɔ a edi mu* ne nokwaredi nsom no.+ Na munyiyi anyame a mo agyanom som wɔn wɔ Asubɔnten no* agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa. 15 Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Yehowa a, ɛnde ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no;+ sɛ anyame a mo agyanom som wɔn wɔ Asubɔnten no* agya no oo,+ sɛ Amorifo a mote wɔn asaase so no anyame oo,+ mompaw nea mobɛsom no. Na me ne me fifo de, yɛbɛsom Yehowa.”

16 Ɛnna ɔman no kae sɛ: “Ɛmpare yɛn sɛ yebegyaw Yehowa hɔ na yɛakɔsom anyame foforo. 17 Yehowa yɛn Nyankopɔn na oyii yɛne yɛn agyanom fii Egypt asaase so,+ fii nkoafi.+ Ɔno na ɔyɛɛ anwonwade akɛse yi wɔ yɛn anim,+ na ɔbɔɔ yɛn ho ban ɔkwan a yɛfaa so nyinaa mu, ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu.+ 18 Yehowa pam aman a na wɔtete asaase no so nyinaa; Amorifo ka ho. Enti yɛn nso yɛbɛsom Yehowa, efisɛ ɔno ne yɛn Nyankopɔn.”

19 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Morentumi nsom Yehowa, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron.+ Na ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ Sɛ moto mmara* na moyɛ bɔne a, ɔremfa nkyɛ mo.+ 20 Sɛ mugyaw Yehowa hɔ na mokɔsom ananafo anyame a, ɔno nso bɛdan aba mo so na wahyew mo ase, ɛwom sɛ kan no ɔyɛɛ mo papa.”+

21 Ɛnna nkurɔfo no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Daabi, Yehowa ara na yɛbɛsom no!”+ 22 Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mo ara mudi adanse sɛ mo ankasa na moapaw sɛ mobɛsom Yehowa.”+ Na wɔkae sɛ: “Yɛyɛ adansefo.”

23 “Ɛnde munyiyi ananafo anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnan mo koma mmra Israel Nyankopɔn Yehowa nkyɛn.” 24 Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yɛbɛsom Yehowa yɛn Nyankopɔn, na yebetie ne nne!”

25 Enti Yosua ne ɔman no yɛɛ apam saa da no, na ɔmaa wɔn ahyɛde ne mmara wɔ Sekem. 26 Afei Yosua kyerɛw nsɛm yi wɔ Onyankopɔn Mmara nhoma no mu,+ na ɔde ɔbo kɛse bi+ sii hɔ wɔ dua kɛse a esi Yehowa kronkronbea ho no ase.

27 Na Yosua toaa so ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Monhwɛ! Ɔbo yi bɛyɛ yɛn dansefo,+ efisɛ ate nea Yehowa aka akyerɛ yɛn nyinaa, na ɛbɛyɛ ɔdansefo na moampo mo Nyankopɔn.” 28 Afei Yosua gyaa ɔman no kwan maa obiara kɔɔ n’agyapade so.+

29 Nsɛm yi akyi no, Nun ba Yosua, Yehowa akoa no wui bere a na wadi mfe 110.+ 30 Na wosiee no wɔ asaase a ɛyɛ n’agyapade so wɔ Timnat-Sera.+ Ɛwɔ Efraim mmepɔw mu wɔ Gaase Bepɔw atifi fam. 31 Na Israelfo kɔɔ so som Yehowa wɔ Yosua nna nyinaa mu ne mpanyimfo a wɔtenaa ase Yosua akyi no nna nyinaa mu, mpanyimfo a wohuu nnwuma a Yehowa yɛ maa Israel no nyinaa.+

32 Afei wosiee Yosef nnompe+ a Israelfo de fi Egypt bae no wɔ Sekem, asaase a Yakob tɔ fii Sekem papa Hamor mma nkyɛn+ nnwetɛbona 100+ no so, na ɛbɛyɛɛ Yosef mma agyapade.+

33 Aaron ba Eleasar nso wui,+ na wosiee no wɔ ne ba Finehas+ Koko so, asaase a wɔde maa no wɔ Efraim mmepɔw mu no so.

Anaa “Yehosua.” Ɛkyerɛ, “Yehowa Ne Nkwagye.”

Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.

Anaa “owiatɔe.”

Anaa “kenkan no brɛoo ma empue w’ano.”

Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam anaa owiapuei.

Kyerɛ sɛ, nkurɔfo a wɔsoma wɔn kodɛɛ ma wɔkɔhwɛ sɛnea baabi te na wɔbɛka.

Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam anaa owiapuei.

Nt., “yɛn koma nanee.”

Anaa “momma me sɛnkyerɛnne a edi mu.”

Anaa “Munyi yɛn kra mfi owu mu.”

Anaa “yɛn kra.”

Nt., “ne mogya begu ɔno ara ne ti so.”

Anaa “sɛ obi de ne nsa ka no a.”

Nt., “ne mogya bɛba yɛn ti so.”

Nt., “Israel mma.”

Bɛyɛ mita 890 (anm. 2,920). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Monyɛ mo ho kronkron.”

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.

Anaa “Na abo yi bɛyɛ nkae ama Israelfo daa.”

Nt., “wosuroo no.”

Nt., “baabi a ɛhwɛ po.”

Nt., “wɔn koma nanee.”

Nt., “ná honhom biara nni wɔn mu bio.”

Anaa “dua.”

Ɛkyerɛ, “Mmarima Dua Ano Were Bepɔw.”

Anaa “mmarima a wɔaso sɛ wɔkɔ sraadi.”

Ɛkyerɛ, “Pia; Munum.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “sahene.”

Anaa “mommɔ nsra.”

Nt., “odwennini abɛn.”

Anaa “nnyigyei tenten.”

Anaa “nkɔbɔ nsra.”

Asraafo a wɔbɔ kyidɔm no yɛ asraafo a wodi asraafo a aka no akyi bɔ wɔn ho ban.

Anaa “wɔbɔɔ nsra.”

Anaa “wɔbɔɔ nsra.”

Anaa “amane; mmusu.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔmaa ɔman no kaa ntam sɛ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Yehowa din.”

Ɛkyerɛ, “Baabi a Wɔpae Abo.”

Nt., “wɔn koma nanee, na ɛyɛe sɛ nsu.”

Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam anaa owiapuei.

Anaa “adan n’akyi akyerɛ n’atamfo.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Asaasetraa so!”

Anaa “ɔhaw; amanehunu.”

Ɛkyerɛ, “Mmusu; Amanehunu.”

Asraafo a wɔbɔ kyidɔm no yɛ asraafo a wodi asraafo a aka no akyi bɔ wɔn ho ban.

Anaa “asaasetraa no so.”

Nt., “wɔnam wɔn mu.”

Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.

Saa bere no, Hiwifo na na wɔte Gibeon.

Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam anaa owiapuei.

Anaa “wɔbɛkɔ akɔpɛ gya.”

Anaa “yɛn kra.”

Nt., “Nyi wo nsa mfi wo nkoa so.”

Anaa “Asaasetraa so!”

Nt., “ansew ne tɛkrɛma.”

Anaa “akra.”

Anaa “akra.”

Anaa “akra.”

Anaa “akra.”

Anaa “akra.”

Anaa “akra.”

Anaa “akra.”

Anaa “Araba.”

Anaa “nkoko.”

Anaa “akra.”

Anaa “ase nkoko.”

Anaa “Arnon Subon.”

Anaa “Arnon Subon.”

Anaa “Subon.”

Kyerɛ sɛ, Genesaret ɔtare, anaa Galilea Po.

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.

Anaa “wokõ fa.”

Anaa “efi Sihor.”

Nt., “Egypt anim.”

Anaa “Hamat kwan ano.”

Anaa “Metu wɔn afi wɔn asaase so ama Israelfo.”

Anaa “Arnon Subon.”

Anaa “gyee wɔn asaase.”

Anaa “Israelfo annye Gesurfo ne Maakatfo asaase.”

Anaa “Arnon Subon.”

Anaa “asaasetraa no so.”

Kyerɛ sɛ, ahemfo a na wɔhyɛ Sihon ase.

Anaa “asaasetraa no so.”

Kyerɛ sɛ, Genesaret ɔtare, anaa Galilea Po.

Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam anaa owiapuei.

Nt., “asɛm a ɛwɔ me komam biara bɛtoo n’anim.”

Nt., “maa nnipa no koma nanee.”

Nt., “koma mũ; koma mua.”

Anaa “metu wɔn.”

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.

Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛse, Mediterranea.

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.

Anaa “Asaasetraa no so.”

Anaa “Asaasetraa.”

Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.

Ebetumi nso akyerɛ, “Aksa bɔɔ ne nsam bere a ɔte afurum no so no.”

Anaa “Negeb.”

Ɛkyerɛ, “Asɛn (Nkankyee) a Nsu Wom.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Gedera ne ne nguammuw.”

Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.

Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam anaa owiapuei.

Nt., “nifa so.”

Kyerɛ sɛ, Manasefo anaa Manasefo asaase ne.

Kyerɛ sɛ, Manasefo anaa Manasefo asaase ne.

Nt., “me.”

Anaa “asaasetraa no so nyinaa.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Anaa “nnade nteaseɛnam.”

Anaa “nnade nteaseɛnam.”

Anaa “Asaasetraa.”

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.

Anaa “owiapuei.”

Anaa “owiapuei.”

Anaa “ná onnim na okum.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “mogya ho weredifo.”

Anaa “ná onnim na okum.”

Anaa “wɔyɛɛ nkurow yi kronkron.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “mogya ho weredifo.”

Anaa “Israel fi.”

Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mmusua mmusua.”

Anaa “mmusua mmusua.”

Anaa “Tweaduampɔn Nyankopɔn Yehowa.”

Nt., “Yehowa suro.”

Nt., “awo ntoatoaso.”

Nt., “awo ntoatoaso.”

Anaa “mmusua mmusua.”

Anaa “moagye Israelfo afi Yehowa nsam.”

Sɛ wohwɛ nkyerɛkyerɛmu a wɔde mae no a, ɛbɛyɛ sɛ wɔtoo afɔremuka no din Ɔdansefo.

Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.

Anaa “owiatɔe.”

Anaa “ogyee wɔn nsaase maa motenaa so.”

Anaa “Enti monnɔ Yehowa mfa nhwɛ mo kra so yiye daa.”

Anaa “mo ne wɔn di ayeware.”

Anaa “ntu.”

Anaa “mpire

Nt., “Merekɔ asaase sofo nyinaa kwan.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Nt., “n’aba.”

Nt., “nna.”

Kyerɛ sɛ, apuei fam.

Ebetumi nso akyerɛ, “nsaasewuranom.”

Ebetumi nso akyerɛ, “mo ho suro.”

Anaa “muduae.”

Anaa “abrabɔ a asɛm biara nni ho.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Anaa “motew atua.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena