Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Hiob Nwoma No Mu Nsɛntitire HIOB EMU NSƐNTITIRE 1 Ná Hiob ho nni asɛm, na na ɔwɔ agyapadeɛ (1-5) Satan kaa sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de som Onyankopɔn (6-12) Hiob agyapadeɛ sɛeeɛ, na ne mma wuwui (13-19) Hiob ammɔ Onyankopɔn soboɔ (20-22) 2 Satan san kaa sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de som Yehowa (1-5) Yehowa maa Satan kwan sɛ ɔbɛtumi de ne nsa aka Hiob nipadua (6-8) Hiob yere kaa sɛ: “Dome Onyankopɔn na wu!” (9, 10) Hiob nnamfo mmiɛnsa baa ne nkyɛn (11-13) 3 Hiob kaa sɛ ɔnyae a anka wɔanwo no (1-26) Ɔbisaa deɛ enti a ɔrehunu amane (20, 21) 4 Elifas asɛm a ɛdi kan (1-21) Ɔseree Hiob wɔ ne nokorɛdie ho (7, 8) Ɔkaa asɛm a honhom bi ka kyerɛɛ no kyerɛɛ Hiob (12-17) ‘Onyankopɔn nni gyidie biara wɔ n’asomfoɔ mu’ (18) 5 Elifas asɛm a ɛdi kan no ntoasoɔ (1-27) ‘Fidie a anyansafoɔ de wɔn aniteɛ asum no, Onyankopɔn ma ɛyi wɔn ankasa’ (13) ‘Ɛsɛ sɛ Hiob hwɛ na wampo Onyankopɔn ntenesoɔ’ (17) 6 Hiob anoyie (1-30) Ɔkaa sɛ, ne su a ɔresu no, nteaseɛ wom (2-6) N’awerɛkyekyefoɔ no yɛ nnaadaafoɔ (15-18) “Asɛm a ɛyɛ nokorɛ deɛ, ɛnyɛ ya!” (25) 7 Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-21) Nnipa asetena te sɛ nkoasom (1, 2) “Adɛn nti na woatu w’ani asi me so?” (20) 8 Bildad asɛm a ɛdi kan (1-22) Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob mma no ayɛ bɔne (4) ‘Sɛ woyɛ obi a wo ho te a, anka Onyankopɔn bɛbɔ wo ho ban’ (6) Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob yɛ ɔbɔnefoɔ (13) 9 Hiob anoyie (1-35) Onipa dasani rentumi ne Onyankopɔn ntwe manso (2-4) ‘Onyankopɔn yɛ nneɛma a ɛboro yɛn nteaseɛ so’ (10) Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi ne Onyankopɔn ayiyi nsɛm ano (32) 10 Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-22) ‘Adɛn nti na Onyankopɔn ne me redie?’ (2) Onyankopɔn nte sɛ onipa Hiob (4-12) ‘Ɔmma me ho ntɔ me kakra’ (20) 11 Sofar asɛm a ɛdi kan (1-20) Ɔkaa sɛ Hiob ka kasa hunu (2, 3) Ɔka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔnnyae bɔne (14) 12 Hiob anoyie (1-25) “Monkyɛn me” (3) “Me ho ayɛ sere” (4) ‘Onyankopɔn na nyansa wɔ no’ (13) Onyankopɔn korɔn kyɛn atemmufoɔ ne ahemfo (17, 18) 13 Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-28) ‘Mepɛ sɛ me ne Onyankopɔn kasa’ (3) “Moyɛ ayaresafoɔ hunu” (4) “Menim sɛ medi bem” (18) Ɔbisaa deɛ enti a Onyankopɔn bu no sɛ ɔtamfo (24) 14 Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-22) Onipa nkwa nna yɛ tia, na ɔhaw ahyɛ mu ma (1) “Dua mpo, anidasoɔ wɔ hɔ ma no” (7) ‘O, menyae a anka wode me asie Adamena mu!’ (13) “Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?” (14) Onyankopɔn ani bɛgyina ne nsa ano adwuma (15) 15 Elifas asɛm a ɛtɔ so mmienu (1-35) Ɔkaa sɛ Hiob de Onyankopɔn suro ato nkyɛn (4) Ɔkaa sɛ Hiob yɛ aniammɔnho (7-9) ‘Onyankopɔn nnye n’akronkronfoɔ nni’ (15) ‘Abɔnefoɔ na ɛhunu amane’ (20-24) 16 Hiob anoyie (1-22) “Mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ!” (2) Ɔkaa sɛ Onyankopɔn atu n’ani asi ne so (12) 17 Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-16) “Afɛdifoɔ atwa me ho ahyia” (2) “Wama mayɛ animguaseɛ nipa” (6) “Adamena na ɛbɛyɛ me fie” (13) 18 Bildad asɛm a ɛtɔ so mmienu (1-21) Ɔkaa deɛ ɛbɛto abɔnefoɔ (5-20) Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob nnim Onyankopɔn (21) 19 Hiob anoyie (1-29) Ɔkaa sɛ, twi a ne “nnamfo” no retwi n’anim no, ɔnnye ntom (1-6) Ɔkaa sɛ obiara agya no hɔ (13-19) “Me gyefoɔ te ase” (25) 20 Sofar asɛm a ɛtɔ so mmienu (1-29) Ɔte nka sɛ Hiob adidi no atɛm (2, 3) Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob yɛ ɔbɔnefoɔ (5) Ɔkaa sɛ bɔne yɛ Hiob dɛ (12, 13) 21 Hiob anoyie (1-34) ‘Adɛn nti na abɔnefoɔ di yie?’ (7-13) Ɔmaa obiara hunuu sɛdeɛ “n’awerɛkyekyefoɔ” no teɛ (27-34) 22 Elifas asɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa (1-30) ‘Onipa so bɛtumi aba mfasoɔ ama Onyankopɔn anaa?’ (2, 3) Ɔbɔɔ Hiob soboɔ sɛ ɔyɛ odufudepɛfoɔ a ɔsisi nkurɔfoɔ (6-9) ‘San bra Onyankopɔn nkyɛn, na wobɛsan asi wo dada mu’ (23) 23 Hiob anoyie (1-17) Ɔpɛ sɛ ɔka n’asɛm wɔ Onyankopɔn anim (1-7) Ɔkaa sɛ ɔnhunu Nyankopɔn (8, 9) ‘Mefaa ne kwan so, na mammane amfiri ho’ (11) 24 Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-25) ‘Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛɛ berɛ ntoo hɔ?’ (1) Ɔkaa sɛ Onyankopɔn pene nsɛmmɔnedie so (12) Abɔnefoɔ pɛ sum (13-17) 25 Bildad asɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa (1-6) ‘Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ayɛ ɔteneneeni wɔ Onyankopɔn anim?’ (4) Ɔkaa sɛ onipa di nokorɛ a, mfasoɔ biara nni so (5, 6) 26 Hiob anoyie (1-14) “Aa! Woaboa deɛ ɔnni tumi ampa!” (1-4) ‘Onyankopɔn de asaase asɛn hɔ a biribiara nkura mu’ (7) ‘Onyankopɔn nnwuma a wayɛ no, emu nketewa nie’ (14) 27 Hiob asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so abɔ bra a ɛdi mu (1-23) “Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu” (5) Abɔnefoɔ nni anidasoɔ (8) “Adɛn nti na aba biara nni mo nsɛm mu yi?” (12) Biribiara renka mma abɔnefoɔ (13-23) 28 Hiob de asaase mu agudeɛ toto nyansa ho (1-28) Deɛ onipa yɛ de tu asaase mu agudeɛ (1-11) Nyansa som bo sene abohene (18) Yehowa suro, ɛno paa ne nyansa (28) 29 Hiob kaee nna a ɔdii dɛ ansa na n’amanehunu no reba no (1-25) Ná obiara bu no wɔ kuro pono no ano (7-10) Ná n’atɛntenenee te sɛ ataadeɛ (11-17) Obiara tiee n’afotuo (21-23) 30 Hiob kaa sɛdeɛ n’asetena asesa (1-31) Nnipa hunu seree no (1-15) Ná ɛyɛ no sɛ n’asɛm mfa Onyankopɔn ho (20, 21) “Me wedeɛ ayɛ tumm” (30) 31 Hiob kaa sɛ asɛm biara nni ne ho (1-40) “Me ne m’ani ayɛ apam” (1) Ɔkaa sɛ Onyankopɔn nkari no nsenia mu (6) Ɔkaa sɛ ɔnyɛ waresɛefoɔ (9-12) Ɔkaa sɛ ɔnyɛ sikaniberɛ (24, 25) Ɔkaa sɛ ɔnyɛ ɔbosonsonni (26-28) 32 Aberanteɛ Elihu de n’ano too asɛm no mu (1-22) Ne bo fuu Hiob ne Hiob nnamfo no (2, 3) Ɔde obuo twɛnee ansa na ɔrekasa (6, 7) Ɛnyɛ mfeɛ nko ara na ɛma nyansa (9) Elihu repɛ ntɛm akasa (18-20) 33 Hiob buu ne ho sɛ ɔtene, enti Elihu kaa n’anim (1-33) Manya agyedeɛ (24) Ɔbɛsan anya ne mmabunberɛ mu ahoɔden no bio (25) 34 Elihu kaa sɛ Onyankopɔn bu atɛntenenee, na n’akwan tene (1-37) Hiob kaa sɛ Onyankopɔn abu no atɛnkyea (5) Nokorɛ Nyankopɔn no rentumi nyɛ bɔne da (10) Hiob nni nimdeɛ (35) 35 Elihu maa Hiob hunuu sɛ deɛ ɔreka no nyɛ nokorɛ (1-16) Hiob kaa sɛ ɔtene sene Onyankopɔn (2) Onyankopɔn wɔ sorosoro; woyɛ bɔne a ɛnka no (5, 6) Ɛsɛ sɛ Hiob twɛn Onyankopɔn (14) 36 Elihu kaa sɛ sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ kɛseɛ no, yɛrentumi nhwehwɛ mu (1-33) Wɔn a wɔyɛ ɔsetie no, ɛsi wɔn yie; ɔpo abɔnefoɔ (11-13) ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ bɛn na ɔte sɛ Onyankopɔn?’ (22) Ɛsɛ sɛ Hiob kamfo Onyankopɔn (24) “Sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ kɛseɛ no, ɛboro yɛn nteaseɛ so” (26) Onyankopɔn wɔ nsuo a ɛtɔ ne anyinam so tumi (27-33) 37 Nsutɔ, anyinam, aprannaa nyinaa ma yɛhunu sɛ Onyankopɔn yɛ kɛse (1-24) Onyankopɔn bɛtumi ama nnipa agyae adwuma a wɔyɛ (7) “Dwendwene Onyankopɔn anwanwadwuma ho” (14) Sɛdeɛ Onyankopɔn teɛ no, ɛyɛ den sɛ nnipa bɛte aseɛ (23) Ɛnsɛ sɛ onipa biara dwene sɛ ɔnim nyansa (24) 38 Yehowa kaa nsɛm bi a ɛma yɛhunu sɛ nnipa sua koraa (1-41) ‘Berɛ a merebɔ asaase no, na wowɔ he?’ (4-6) Onyankopɔn mma bɔɔ ose (7) Ɔbisaa no nneɛma bi te sɛ aprannaa, anyinam ne mununkum ho asɛm (8-32) “Mmara a ɛyɛ adwuma wɔ wiem” (33) 39 Mmoa a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no ma yɛhunu sɛ nnipa nnim hwee (1-30) Abotan so mpɔnkye ne wansane (1-4) Serɛ so afunumu (5-8) Ɛkoɔ (9-12) Sohori (13-18) Pɔnkɔ (19-25) Akorɔma ne ɔkɔdeɛ (26-30) 40 Yehowa bisaa no nsɛm foforɔ (1-24) Hiob gye toom sɛ ɔnni hwee ka (3-5) “Wobɛtumi anya asɛm aka wɔ m’atɛntenenee ho anaa?” (8) Onyankopɔn kaa sɛdeɛ Behemot wɔ ahoɔden (15-24) 41 Onyankopɔn kaa Lewiatan a ne ho yɛ nwanwa no ho asɛm (1-34) 42 Hiob anoyie a ɔde maa Yehowa (1-6) Ɔbuu ne nnamfo mmiɛnsa no fɔ (7-9) Yehowa maa no sii Hiob yie bio (10-17) Hiob mma mmaa ne ne mma mmarima (13-15)