NEHEMIA
1 Hakalia ba Nehemia*+ nsɛm ni: Bosome Kislew* mu, afe a ɛto so 20 no, ɛbae sɛ na mewɔ Susan*+ abankɛse mu.* 2 Ɛnna me nua Hanani+ ne mmarima bi a wofi Yuda baa hɔ, na mibisaa wɔn sɛnea Yudafo a wɔasan kɔ wɔn nkyi no+ ho te, ne sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ Yerusalem. 3 Wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔn a wɔafi obi man so aba a wɔwɔ ɔmantam no mu asɛm yɛ mmɔbɔ paa, na animguase aka wɔn.+ Yerusalem afasu no abubu,+ na n’apon nso, wɔde ogya ahyew.”+
4 Metee asɛm yi ara pɛ, metenaa ase sui, na midii awerɛhow nna pii; meyɛɛ akɔnkyen*+ bɔɔ mpae wɔ ɔsoro Nyankopɔn anim. 5 Asɛm a mekae ne sɛ: “O Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a woyɛ kɛse na wo ho yɛ hu, na wudi w’apam so na woda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara nsɛm so,+ 6 mesrɛ wo, wɛn w’aso na bue w’aniwa, na tie mpae a ɛnnɛ w’akoa rebɔ wɔ w’anim awia ne anadwo+ ama wo nkoa Israelfo yi. Bɔne a Israel mma ayɛ atia wo na mereka yi. Me ne me papa fi nyinaa, yɛayɛ bɔne.+ 7 Bɔne de, yɛayɛ bi atia wo;+ wo mmara nsɛm ne w’ahyɛde ne w’atemmusɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose nsa no, yɛanni so.+
8 “Mesrɛ wo, kae asɛm a woka kyerɛɛ* w’akoa Mose yi sɛ, ‘Sɛ moto me mmara a, me nso, mɛbɔ mo ahwete amanaman mu.+ 9 Sɛ mosan ba me nkyɛn bedi me mmara nsɛm so a, ɛnde sɛ wɔahwete mo akodu ɔsoro ano mpo a, mɛboa mo ano+ afi hɔ de mo aba baabi a mapaw de me din ato no.’+ 10 Wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛse ne wo nsa a ɛyɛ den gyee wɔn.+ 11 O Yehowa, mesrɛ wo, wɛn w’aso ma w’akoa mpaebɔ, na tie wo nkoa a wosuro wo din no mpaebɔ; afei mesrɛ wo, ma ensi w’akoa yiye nnɛ, na ma ɔbarima yi nhu me mmɔbɔ.”+
Saa bere no, me na na mehyɛ nsã ma ɔhene.+
2 Ɔhene Artasasta+ ahenni afe a ɛto so 20,+ bosome Nisan* mu no, ɛbae sɛ na bobesa si n’anim, na sɛnea daa meyɛ no, mefaa bobesa no de maa ɔhene.+ Nanso na m’anim nyɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ wɔ ɔhene anim saa da. 2 Ɛnna ɔhene bisaa me sɛ: “Dɛn nti na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ saa, bere a wonyare? Eyi nyɛ biribiara sɛ koma mu awerɛhow.” Ɛmaa ehu kɛse kaa me.
3 Na meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa! Dɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, bere a kurow a m’agyanom adamoa wom adan amamfo na n’apon nso, wɔde ogya ahyew?”+ 4 Ɛnna ɔhene bisaa me sɛ: “Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ?” Ntɛm ara na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae.+ 5 Afei meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ eye wɔ ɔhene ani so, na sɛ w’akoa anya w’anim dom a, ma menkɔ Yuda kurow a wosiee m’agyanom wom no mu na mensan nkɔkyekye.”+ 6 Saa bere no, na ɔhemmaa no te ɔhene nkyɛn, na ɔhene bisaa me sɛ: “W’akwantu no bedi nna ahe, na da bɛn na wobɛsan aba?” Enti ɔhene penee so sɛ menkɔ,+ na mehyɛɛ no da.+
7 Na meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ ɛsɔ ɔhene ani a, ma wɔmma me nkrataa nkɔma amradofo a wɔwɔ Asubɔnten no*+ agya no, na wɔama me kwan ama matwam akodu Yuda dwoodwoo; 8 ɛne krataa nso a mede bɛma Ɔhene Kwae sohwɛfo Asaf, na wama me nnua a mede bɛyɛ Ofi* No Abankɛse+ apon, ne kurow no afasu+ ne ofi a merekɔ mu no ho adwuma.” Enti ɔhene de maa me,+ me Nyankopɔn nsa* a ɛwɔ me so nti.+
9 Mikoduu amradofo a wɔwɔ Asubɔnten no agya no nkyɛn, na mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Afei nso, ɔhene maa asahene ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so kaa me ho kɔe. 10 Bere a Sanbalat+ a ofi Horonaim, ne ahemfi panyin* Tobia+ a ofi Ammon+ tee no, ɛyɛɛ wɔn yaw paa sɛ obi aba rebɛyɛ adepa ama Israelfo.
11 Afei mikoduu Yerusalem. Ne nnansa akyi no, 12 mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho no. Nanso nea na me Nyankopɔn de ahyɛ me koma mu sɛ menyɛ mma Yerusalem no, manka ankyerɛ obiara. Ná aboa biara nka yɛn ho sɛ aboa a mete no so no. 13 Mefaa Obon Pon+ no mu fii adi anadwo faa Ɔtweaseɛ Nsuaniwa no anim kɔɔ Sumina Pon+ no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasu no huu sɛnea abubu na wɔde ogya nso ahyew n’apon no.+ 14 Na mitwaam kɔɔ Nsuaniwa Pon+ no ano toaa so kɔɔ Ɔhene Tare no ho, na na aboa a mete no so no nnya baabiara mfa. 15 Ɛnna metoaa so faa obon+ no mu anadwo no, na merekɔ nyinaa na merehwɛ sɛnea afasu no te; ɛno akyi no, mesan m’akyi bɛfaa Obon Pon no mu bae.
16 Ná asoafo no+ nnim baabi a mekɔe ne nea na mereyɛ, na Yudafo no, asɔfo, atitiriw, asoafo, ne adwumayɛfo a wɔaka no nso, na minnya nkaa biribiara nkyerɛɛ wɔn. 17 Afei meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ sɛnea yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ, ne sɛnea Yerusalem ayɛ amamfo na wɔde ogya ahyew n’apon. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasu no bio, na yɛankɔ so antena animguase yi mu.” 18 Na mekaa sɛnea me Nyankopɔn nsa adi aboa me+ no kyerɛɛ wɔn, ne ɔhene nsɛm a ɔka kyerɛɛ me no.+ Ɛnna wɔkae sɛ: “Momma yɛnsɔre na yensi.” Enti wɔhyɛɛ wɔn ho den* maa adwuma pa no.+
19 Bere a Sanbalat a ofi Horonaim, ahemfi panyin* Tobia+ a ofi Ammon,+ ne Gesem a ofi Arabia+ tee no, wodii yɛn ho fɛw,+ na wobuu yɛn animtiaa kae sɛ: “Dɛn na moreyɛ yi? Ɔhene na moretew ne so atua yi?”+ 20 Nanso, mibuaa wɔn sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn no na ɔbɛma asi yɛn yiye,+ na yɛn a yɛyɛ ne nkoa no, yɛn na yɛbɛsɔre asi; mo de, munni kyɛfa ne hokwan ne agyapade* biara wɔ Yerusalem.”+
3 Ɔsɔfo panyin Eliasib+ ne ne nuanom asɔfo no sɔree, na wɔyɛɛ ɔfasu no ho adwuma wɔ baabi a na Nguan Pon+ no wɔ no. Wɔyɛɛ no kronkron*+ na wosisii n’apon; wɔyɛɛ no kronkron koduu Mea Abantenten+ no ho de kosii Hananel Abantenten+ no ho. 2 Yeriko mmarima+ na wɔtoaa wɔn so yɛɛ ɔfasu no ho adwuma. Ná Imri ba Sakur nso toa wɔn so.
3 Hasenaa mma na wɔyɛɛ Mpataa Pon+ no ho adwuma; wɔn na wosisii n’apongua ne n’apon,+ yeyɛɛ ne nkorɔkorɔ ne ne mmeamu. 4 Hakos ba Uriya ba Meremot+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi, na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn so; Baana ba Sadok na ɔtoaa wɔn so. 5 Tekoafo+ na wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi, nanso wɔn atitiriw no ammrɛ wɔn ho ase ansom wɔn wuranom.
6 Pasea ba Yoiada ne Besodeia ba Mesulam na wosiesiee Kurow Dedaw Pon no;+ wɔn na wosisii n’apongua ne n’apon, yeyɛɛ ne nkorɔkorɔ ne ne mmeamu. 7 Wɔn a wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi ne Gibeonni+ Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa+ mmarima a wɔhyɛ Asubɔnten no*+ agya amrado no ase.* 8 Harhaia ba Usiel a ɔyɛ sikadwumfo no na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi, na Hanania a ɔyɛ sradehuamfrafo no na ɔtoaa no so; wɔde abo* sɛm Yerusalem kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ+ no ho. 9 Hur ba Refaia, Yerusalem mantam fã soafo no na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi. 10 Harumaf ba Yedaia na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi wɔ n’ankasa fi anim; na Hasabnia ba Hatus na ɔtoaa no so.
11 Harim ba+ Malkiya ne Pahat-Moab ba+ Hasub siesiee baabi foforo* ne Fononoo Abantenten no.+ 12 Halohes ba Salum, Yerusalem mantam fã soafo no na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi, ɔne ne mma mmea.
13 Hanun ne nnipa a wɔtete Sanoa+ na wosiesiee Obon Pon no;+ wɔn na wosii, na wɔyɛɛ n’apon, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu, ne ɔfasu no basafa 1,000* kosii Sumina Pon no+ ho. 14 Rekab ba Malkiya, Bet-Hakerem+ mantam soafo no na osiesiee Sumina Pon no; ɔno na osii, na ɔyɛɛ n’apon, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu.
15 Kolhosen ba Salun, Mispa+ mantam soafo no na osiesiee Nsuaniwa Pon no;+ ɔno na osii, na ɔbɔɔ* so na ɔyeyɛɛ n’apon, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu, na ɔfasu a ɛbɛn Ɔtare+ Suka a ɛkɔ Ɔhene Turom+ no nso ɔsan siesiei de kɔpem Stɛps+ a esian fi Dawid Kurow+ mu no.
16 Asbuk ba Nehemia, Bet-Sur+ mantam fã soafo no na ɔtoaa no so siesiee ɔfasu no fã bi fi Dawid Amusiei+ kosii ɔtare+ a nnipa ayɛ, ne Akatakyi Fi no anim.
17 Lewifo no na wɔtoaa no so siesiee ɔfasu no fã bi: ná wɔhyɛ Bani ba Rehum ase; Hasabia, Keila+ mantam fã soafo no na ɔtoaa no so yɛɛ adwuma no bi maa ne mantam. 18 Wɔn nuanom na wɔtoaa so siesiee ɔfasu no fã bi: Henadad ba Bawai a ɔyɛ Keila mantam fã soafo na na ɔda wɔn ano.
19 Yesua+ ba Eser, Mispa otitiriw no na ɔtoaa no so siesiee ɔfasu no fã a ɛwɔ beae a ɛforo kɔ Akode Korabea a ɛbɛn Adum+ no.
20 Sabai+ ba Baruk na ɔtoaa no so de ahokeka siesiee ɔfã a efi Adum no so kosi ɔsɔfo panyin Eliasib+ fi kwan ano.
21 Hakos ba Uriya ba Meremot+ na ɔtoaa no so siesiee ɔfã a efi Eliasib fi kwan ano kosi Eliasib fi no awiei noho.
22 Asɔfo a wofi Yordan Mantam*+ mu no toaa no so siesiee ɔfasu no fã bi. 23 Benyamin ne Hasub na wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi wɔ wɔn ankasa fi anim. Anania ba Maaseia ba Asaria na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi wɔ baabi a ɛbɛn n’ankasa fi. 24 Henadad ba Binui na ɔtoaa no so siesiee ɔfã a efi Asaria fi kosi Adum+ no so kɔe ara kɔpem ne ntwea so.
25 Usai ba Palal na ɔtoaa no so yɛɛ adwuma no bi wɔ Adum no ne abantenten a ɛtoa Ahemfi*+ no so, atifi dan a ɛwɔ Awɛmfo Aban+ mu no anim. Paros+ ba Pedaia na ɔtoaa no so.
26 Asɔrefi asomfo*+ a na wɔte Ofel+ no siesiee ɔfã a ɛwɔ Nsu Pon+ no anim wɔ apuei fam de kɔpem abantenten a epue ɔfasu no ho.
27 Tekoafo+ na wɔtoaa wɔn so; abantenten kɛse a epue ɔfasu no ho no, anim na wosiesiei de kosii Ofel ɔfasu no ho.
28 Asɔfo no na wosiesiee Apɔnkɔ Pon+ no atifi; wɔn mu biara yɛɛ adwuma wɔ n’ankasa fi anim.
29 Imer ba Sadok+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi wɔ n’ankasa fi anim.
Sekania ba Semaia, Apuei Pon+ ano hwɛfo no na ɔtoaa no so.
30 Selemia ba Hanania ne Salaf ba a ɔto so asia, Hanun, na wɔtoaa no so siesiee ɔfã foforo.
Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasu no fã bi n’ankasa dan* anim.
31 Malkiya a ofi sika adwumfo mu no na ɔtoaa no so siesiee ɔfasu no fã bi kosii asɔrefi asomfo*+ ne aguadifo fi ne Ɔhwɛ Pon no anim de kɔpem abansoro dan a ɛwɔ ntwea so no ho.
32 Sika adwumfo ne aguadifo no na wosiesiee abansoro dan a ɛwɔ ntwea so no kosii Nguan Pon+ no ho.
4 Bere a Sanbalat+ tee sɛ yɛresan ato ɔfasu no, ɛyɛɛ no yaw na ne bo fuwii paa, na daa na odi Yudafo no ho fɛw. 2 Ɔkae wɔ ne nuanom ne Samaria asraafokuw no anim sɛ: “Dɛn na Yudafo a wonni ahoɔden yi reyɛ yi? Dɛn koraa na wobetumi ayɛ? Wobetumi abɔ afɔre? Wobetumi de da koro awie? Abo dedaw a ahyew awu a esum hɔ yi, wobetumi de ayɛ adepa bi?”+
3 Ammonni+ Tobia+ a ogyina ne nkyɛn no nso kae sɛ: “Abo fasu a wɔreto yi, sakraman mpo betumi abubu agu.”
4 O yɛn Nyankopɔn tie, nkurɔfo yi rebu yɛn animtiaa;+ ma animguase no mmegu wɔn ankasa atifi,+ na ma nkurɔfo nsoa wɔn nkɔ obi man so. 5 Nkata wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne so, na mmu w’ani nngu so,+ efisɛ wɔn a wɔreto ɔfasu no, wɔayeyaw wɔn.
6 Enti yɛkɔɔ so too ɔfasu no, na ne nyinaa keka sisii anim, na yɛto kɔɔ soro koduu mfinimfini. Ɔman no de koma pa toaa so yɛɛ adwuma no.
7 Bere a Sanbalat ne Tobia+ ne Arabiafo,+ Ammonfo, ne Asdodfo+ tee sɛ Yerusalem afasu a wɔresiesie no renya nkɔso na akwan a ɛdeda mu no, wɔafi ase rekeka si anim no, wɔn bo fuwii paa. 8 Enti wɔn nyinaa bɔɔ pɔw sɛ wɔne Yerusalem bɛba abɛko ama basabasayɛ aba hɔ. 9 Ɛnna yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae, na yɛde awɛmfo sisii hɔ awia ne anadwo.
10 Nanso na Yudafo no rekeka sɛ: “Wɔn a wɔsoasoa nneɛma no ahoɔden asa, na nwura nso sunsum hɔ pii; yɛrentumi nto ɔfasu no da.”
11 Yɛn atamfo nso kekae sɛ: “Wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛakɔ wɔn mu akokunkum wɔn ama adwuma no aka.”
12 Na bere biara a Yudafo a wɔtete bɛn wɔn no bɛba no, na wɔtaa ka kyerɛ yɛn* sɛ: “Atamfo no befi mmeae nyinaa aba yɛn so.”
13 Enti memaa mmarima kogyinagyinaa ɔfasu no ho, baabi a ɛwɔ fam a ɛhɔ da hɔ. Memaa nnipa no gyinagyinaa mmusua mmusua, na wɔde asekan ne mpeaw ne agyan wɛnee. 14 Bere a mihui sɛ ehu aka wɔn no, ntɛm ara na mesɔre ka kyerɛɛ atitiriw+ ne asoafo ne nnipa a aka no sɛ: “Munnsuro wɔn.+ Yehowa, nea ɔyɛ kɛse na ne ho yɛ hu no,+ ɔno na monkae no; monko mma mo nuanom ne mo mma mmarima ne mo mma mmea ne mo yerenom ne mo afi.”
15 Bere a yɛn atamfo no tee sɛ yɛn ho adwene a wɔafa no, yɛate na nokware Nyankopɔn no asɛe wɔn agyinatu no, yɛn nyinaa san kɔtoaa so yɛɛ ɔfasu no ho adwuma. 16 Efi saa da no, me mmerante no fã yɛɛ adwuma,+ na fã nso kurakuraa mpeaw ne akyɛm ne agyan, na wɔhyehyɛɛ dade ataade; na mpanyimfo+ no gyinaa Yudafo a 17 wɔreto ɔfasu no nyinaa akyi. Wɔn a wɔsoasoa nneɛma no de wɔn nsa baako yɛɛ adwuma, na wɔde baako nso kuraa akode. 18 Wɔn a wɔreto ɔfasu no mu biara de ne sekan bɔɔ n’asen bere a ɔreyɛ adwuma no, na nea ɔbɛbɔ abɛn no nso,+ na ogyina me nkyɛn.
19 Ɛnna meka kyerɛɛ atitiriw ne asoafo ne nnipa a wɔaka no sɛ: “Adwuma no sõ na ɛtrɛw; yɛn ntam atetew wɔ ɔfasu no ho na obiara ne ne yɔnko ntam twe. 20 Sɛ mote sɛ wɔrebɔ abɛn no a, mommoaboa mo ho ano mmra baabi a yɛwɔ no. Yɛn Nyankopɔn bɛko ama yɛn.”+
21 Ɛno nti, yɛkɔɔ so yɛɛ adwuma no, na yɛn mu fã nso kurakuraa mpeaw fi adekyee kosii sɛ nsoromma puei. 22 Saa bere no, meka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Momma mmarima no mu biara ne ne somfo nna Yerusalem, na wɔbɛwɛn yɛn anadwo na wɔayɛ adwuma awia.” 23 Enti me ne me nuanom ne m’asomfo+ ne mmarima a wɔwɛn me a wodi m’akyi no anyiyi yɛn ntaade, na obiara kuraa n’akode wɔ ne nsa nifa mu.
5 Ne nyinaa mu no, na mmarima no ne wɔn yerenom redi abooboo kɛse, na na wɔrenwiinwii tia wɔn nuanom Yudafo no.+ 2 Asɛm a na ebinom reka ne sɛ: “Yɛne yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmea dɔɔso. Yɛannya aduan a, ɔkɔm bekum yɛn.” 3 Ebinom nso kae sɛ: “Yɛde yɛn hwiit mfuw ne yɛn bobe mfuw ne yɛn afi resi awowa na ama yɛanya aduan wɔ ɔkɔm bere mu.” 4 Ɛnna afoforo nso kae sɛ: “Yɛde yɛn hwiit mfuw ne yɛn bobe mfuw akogye bosea de atua ɔhene tow.+ 5 Yɛne yɛn nuanom nyinaa yɛ nnipa baako;* yɛn mma te sɛ wɔn mma. Nanso yɛreyɛ abrɛ yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmea ase ama wɔayɛ nkoa ne mfenaa, na yɛn mma mmea no mu bi mpo de, yɛayɛ wɔn mfenaa dedaw.+ Yenni tumi biara nso a yɛde besiw ano, efisɛ yɛn hwiit mfuw ne yɛn bobe mfuw akodi ebinom nsam.”
6 Bere a metee asɛm yi ne wɔn abooboo no, me bo fuwii yiye. 7 Enti misusuw ho wɔ me komam, na m’ani annye nea atitiriw ne asoafo no ayɛ no ho, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara mo nuanom na moregye wɔn nsiho.”+
Ɛnna wɔn nti mema yɛbɔɔ gua kɛse. 8 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛn nuanom Yudafo a wɔtɔn wɔn maa amanaman no, yɛayɛ nea yebetumi biara asan agye wɔn aba; afei moresan atɔn mo ankasa mo nuanom?+ Yɛnsan ntɔ wɔn bio anaa?” Mekaa saa no, wɔyɛɛ komm na wɔantumi anka hwee. 9 Ɛnna mekae sɛ: “Ade a moreyɛ yi nye. Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn mmom na ɛsɛ sɛ musuro no+ sɛnea ɛbɛyɛ a aman a wɔtan yɛn no rengu yɛn anim ase? 10 Me nso ɛyɛ a me ne me nuanom ne m’asomfo de sika ne aduan fɛm wɔn a yennye nsiho. Mesrɛ mo, momma yennyae nsiho no gye.+ 11 Enti nsiho a mugye wɔ wɔn hwiit mfuw+ ne wɔn bobe mfuw ne wɔn ngodua mfuw ne wɔn afi ho ne nkyem 100 a mugye* wɔ sika ne aduan ne bobesa foforo ne ngo so no, mesrɛ mo, monsan mfa mma wɔn nnɛ dua yi ara.”
12 Ɛnna wɔkae sɛ: “Yɛbɛsan de ama wɔn, na yɛremmisa hwee mfi wɔn hɔ. Yɛbɛyɛ nea woaka no pɛpɛɛpɛ.” Enti mefrɛɛ asɔfo no, na memaa mmarima no kekaa ntam sɛ wobedi bɔhyɛ yi so. 13 Ɛno akyi no, meporoporow m’ataade mu* na mekae sɛ: “Sɛ obi anni asɛm yi so a, ma nokware Nyankopɔn no mporow no mfi ne fi ne n’agyapade mu saa ara; wɔmporow no saa ara mma biribiara mmɔ no.” Ɛnna asafo no nyinaa gyee so sɛ: “Amen!”* Na woyii Yehowa ayɛ. Na ɔman no dii wɔn bɔhyɛ so.
14 Afei nso, efi da a ɔhene yɛɛ me amrado+ wɔ Yuda asaase so, Ɔhene Artasasta+ ahenni afe a ɛto so 20+ kosi n’afe a ɛto so 32+ no, mfirihyia 12 ni, me ne me nuanom nyinaa, obiara annye aduan a wɔde ma amradofo no.+ 15 Amradofo a wodii m’anim no de, wɔde nnesoa a emu yɛ duru soaa ɔman no, na da biara na wogye dwetɛ nnwetɛbona* 40 de tɔ aduan ne nsã.* Wɔn asomfo nso hyɛɛ ɔman no so. Nanso me de, Onyankopɔn a misuro no nti,+ manyɛ saa.+
16 Afei ɔfasu yi ho adwuma no, misoo mu bi; m’asomfo nso, wɔn nyinaa boaboaa wɔn ho ano wɔ hɔ maa adwuma no, na yɛannye asaase biara.+ 17 Bere a Yudafo ne asoafo 150, ne nnipa a wofi amanaman no mu baa yɛn nkyɛn no, me pon so na wodidii. 18 Da biara na mema wosiesie nantwinini baako, nguan asia a wɔadɔ srade, ne ntakraboa ma me.* Dadu biara nso, na mema wɔde nsã* ahorow ahorow ba. Na mammisa aduan kyɛfa a wɔde ma amradofo no, efisɛ na adwuma a ɛda ɔman yi so no mu yɛ duru. 19 O me Nyankopɔn, nea mayɛ ama ɔman yi nti, kae me na wo ne me nni no yiye.+
6 Wɔka kyerɛɛ Sanbalat, Tobia,+ ne Arabiani+ Gesem ne yɛn atamfo a wɔaka no sɛ masan ato ɔfasu no+ na masisiw ntokuru no nyinaa (nanso ɛde besi saa bere no na minsisii ɛho apon).+ Bere a wɔka kyerɛɛ wɔn no, 2 ntɛm ara na Sanbalat ne Gesem soma bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Bra ma yɛnyɛ nhyehyɛe nhyia wɔ nkuraa no bi ase wɔ Ono Asaasetraa+ no so.” Nanso na wɔrebɔ pɔw adi me bɔne. 3 Ɛnna mituu abɔfo kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adwuma a mereyɛ no so, enti merentumi mma. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ migyae ba mo nkyɛn ma adwuma no ka?” 4 Wɔsoma bɛkaa asɛm koro no ara kyerɛɛ me mpɛn anan, na wɔba biara a, nea meka ara na meka.
5 Afei Sanbalat de asɛm koro no ara somaa ne somfo baa me nkyɛn ne mpɛn anum so, na na okura krataa bi a ano da hɔ. 6 Krataa no mu nsɛm ni: “Nkurɔfo rekeka wɔ amanaman no mu, na Gesem+ nso reka bi sɛ wo ne Yudafo no pɛ sɛ motew atua.+ Ɛno nti na moreto ɔfasu no; nea wɔrekeka no kyerɛ sɛ wubedi wɔn so hene. 7 Woayiyi adiyifo nso sɛ wɔmpae mu nka wo ho asɛm wɔ Yerusalem nyinaa sɛ, ‘Yuda anya ɔhene!’ Na saa nsɛm no, ɔhene bɛte. Enti bra ma yentu ho agyina.”
8 Nanso mesoma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsɛm a woreka yi biara nnim; wo ara na woabɔ wo tirim reka.”* 9 Ná wɔn nyinaa pɛ sɛ ehu ka yɛn, na wɔkekae sɛ: “Wɔn nsam begow ma adwuma no aka.”+ Enti mebɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn nhyɛ me nsam den.+
10 Ɛnna mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fi; saa bere no, na ompue nkɔ baabiara. Ɔkae sɛ: “Ma yɛnyɛ nhyehyɛe nhyia wɔ nokware Nyankopɔn no fi, wɔ asɔredan no mu, na yɛntoto apon no mu efisɛ wɔreba abekum wo; anadwo na wɔbɛba abekum wo.” 11 Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima te sɛ me na minguan? Na asɔredan no mu de, hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn mu anya ne ti adidi mu?+ Merenhyɛn mu!” 12 Mibehui sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na wasoma no, na mmom Tobia ne Sanbalat+ na wɔbɔɔ no paa sɛ ɔnhyɛ nkɔm ntia me. 13 Wɔbɔɔ no paa sɛ ɔnyɛ mma ehu nka me na menyɛ bɔne na wɔanya me abɔ me dimmɔne na wɔagu m’anim ase.
14 O me Nyankopɔn, nea Tobia+ ne Sanbalat reyɛ yi, kae. Odiyifobea Noadia ne adiyifo a aka a daa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ehu aka me no nso, kae wɔn.
15 Ɔfasu no, wɔto wiei Elul* da a ɛto so 25. Egyee nnafua 52.
16 Bere a yɛn atamfo nyinaa tee na aman a atwa yɛn ho ahyia nyinaa hui no, wɔn ani wui paa,*+ na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn na aboa yɛn ma yɛatumi awie adwuma yi. 17 Saa bere no, na Yuda atitiriw no+ kyerɛkyerɛw nkrataa kɔma Tobia, na na Tobia nso kyerɛw bi brɛ wɔn. 18 Nea ɛte ne sɛ, na nnipa pii wɔ Yuda a wɔakɔ n’afã, efisɛ na ɔyɛ Arah+ ba Sekania asebarima, na na ne ba Yehohanan nso ware Berekia ba Mesulam+ babea. 19 Afei nso, na wɔtaa ka ne ho asɛmpa kyerɛ me, na nea mɛka biara nso na wɔakɔka akyerɛ no. Tobia kyerɛkyerɛw nkrataa brɛɛ me sɛnea ɛbɛyɛ a ehu bɛka me.+
7 Bere a wɔsan too ɔfasu no wiei ara pɛ,+ misisii apon no.+ Ɛnna yeyiyii apon ano ahwɛfo+ ne nnwontofo+ ne Lewifo.+ 2 Afei mede Yerusalem hyɛɛ Hanani+ a ɔyɛ me nua, ne Hanania, Abankɛse+ mu panyin no nsa, efisɛ na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro nokware Nyankopɔn no+ sen nnipa bebree. 3 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ motwɛn kosi awia ketee ansa na moabue Yerusalem apon no; wɔntoto apon no mu mmram akyi bere a wɔrewɛn no. Afei momma Yerusalemfo nyɛ awɛmfo; ebinom begyina wɔn awɛnee na ebinom nso agyina wɔn fi anim.” 4 Saa bere no, na kurow no trɛw na ɛso, na na emu nnipa yɛ kakraa bi.+ Ná wonsisii adan biara wom.
5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me koma mu sɛ memmoaboa atitiriw ne asoafo ne ɔmanfo no ano mma wɔnkyerɛw wɔn din sɛnea wɔn mmusua te.+ Ɛnna mihuu nhoma a wɔakyerɛw wɔn a wodii kan bae no din wom sɛnea wɔn mmusua te; nea na wɔakyerɛw wom ni:
6 Nnipa a wofi ɔmantam no mu a Babilon hene Nebukadnesar+ faa wɔn kɔe no,+ eyinom na akyiri yi wɔsan baa Yerusalem ne Yuda maa obiara kɔɔ ne kurom;+ 7 wɔn na wɔne Serubabel,+ Yesua,+ Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, ne Baanah bae.
Israel mmarima no dodow ni:+ 8 Paros mma, 2,172; 9 Sefatia mma, 372; 10 Arah mma,+ 652; 11 Pahat-Moab mma+ Yesua ne Yoab fi,+ 2,818; 12 Elam mma,+ 1,254; 13 Satu mma, 845; 14 Sakai mma, 760; 15 Binui mma, 648; 16 Bebai mma, 628; 17 Asgad mma, 2,322; 18 Adonikam mma, 667; 19 Bigwai mma, 2,067; 20 Adin mma, 655; 21 Hesekia aseni Ater mma, 98; 22 Hasum mma, 328; 23 Bisai mma, 324; 24 Harif mma, 112; 25 Gibeon mma,+ 95; 26 Betlehem ne Netofa mmarima, 188; 27 Anatot+ mmarima, 128; 28 Bet-Asmawet mmarima, 42; 29 Kiriat-Yearim+ ne Kefira ne Beerot+ mmarima, 743; 30 Rama ne Geba+ mmarima, 621; 31 Mikmas+ mmarima, 122; 32 Betel+ ne Ai+ mmarima, 123; 33 Nebo foforo bi mmarima, 52; 34 Elam foforo bi mma, 1,254; 35 Harim mma, 320; 36 Yeriko mmarima, 345; 37 Lod ne Hadid ne Ono+ mmarima, 721; 38 Senaa mmarima, 3,930.
39 Asɔfo no+ ni: Yedaia a ofi Yesua fi mma, 973; 40 Imer mma, 1,052; 41 Pasur mma,+ 1,247; 42 Harim+ mma, 1,017.
43 Lewifo no+ ni: Yesua mma, kyerɛ sɛ, Kadmiel asefo+ a wofi Hodewa mma mu, wɔyɛ 74. 44 Nnwontofo no ni:+ Asaf+ mma, 148. 45 Apon ano ahwɛfo no ni:+ Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub+ mma, Hatita mma, ne Sobai mma, 138.
46 Asɔrefi asomfo* ni:+ Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, 47 Keros mma, Sia mma, Padon mma, 48 Lebana mma, Hagaba mma, Salmai mma, 49 Hanan mma, Gidel mma, Gahar mma, 50 Reaia mma, Resin mma, Nekoda mma, 51 Gasam mma, Usa mma, Pasea mma, 52 Besai mma, Meunim mma, Nefusesim mma, 53 Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, 54 Baslit mma, Mehida mma, Harsa mma, 55 Barkos mma, Sisera mma, Temah mma, 56 Nesia mma, ne Hatifa mma.
57 Solomon nkoa+ no mma ni: Sotai mma, Soferet mma, Perida mma, 58 Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma, 59 Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-Hasebaim mma, ne Amon mma. 60 Asɔrefi asomfo*+ ne Solomon nkoa no mma nyinaa dodow yɛ 392.
61 Eyinom nso na wofi Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon, ne Imer san bae a wɔantumi ankyerɛ sɛ wɔyɛ Israelfo anaa wɔnyɛ bi, efisɛ wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fi ne mmusua a wofi mu:+ 62 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma, 642. 63 Wɔn mu asɔfo ni: Habaia mma, Hakos mma,+ Basilai mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mma mmea no baako na ɔfaa wɔn din no. 64 Wɔn nyinaa hwehwɛɛ kyerɛwtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wofi mu nanso wɔanhu. Enti wobuu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfo.*+ 65 Amrado*+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wodi ade kronkron paa no+ bi kosi sɛ ɔsɔfo bi bɛma Urim ne Tumim* akyerɛ.+
66 Nnipa no nyinaa dodow si 42,360,+ 67 wɔn nkoa ne wɔn mfenaa+ nka ho; wɔn nso dodow yɛ 7,337; afei nso, na wɔwɔ mmarima ne mmea nnwontofo 245.+ 68 Ná wɔn apɔnkɔ yɛ 736, na wɔn mfurumpɔnkɔ yɛ 245; 69 wɔn yoma, 435; wɔn mfurum, 6,720.
70 Agyanom mmusua mu mpanyimfo no binom de akyɛde bɛboaa adwuma no.+ Amrado* no ankasa de sika kɔkɔɔ drakma* 1,000, nkankyee 50, ne asɔfotaade+ 530 bɛkaa akorade no ho. 71 Agyanom mmusua mu mpanyimfo no bi nso de sika kɔkɔɔ drakma 20,000 ne dwetɛ mmɛnnaa* 2,200 bɛkaa akorade no ho sɛ wɔmfa mmoa adwuma no. 72 Na nneɛma a ɔmanfo a wɔaka no de mae no yɛ sika kɔkɔɔ drakma 20,000, nnwetɛbona 2,000 ne asɔfotaade 67.
73 Na asɔfo ne Lewifo ne apon ano ahwɛfo ne nnwontofo+ ne nnipa no mu binom ne asɔrefi asomfo* ne Israelfo a wɔaka nyinaa* tenatenaa wɔn nkurow mu.+ Bosome a ɛto so ason no dui no,+ na Israelfo no akɔtenatena wɔn nkurow mu.+
8 Ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano wɔ abɔnten wɔ Nsu Pon+ no anim. Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo* Esra+ sɛ ɔmfa Mose Mmara+ nhoma a Yehowa de maa Israel no+ mmra. 2 Enti bosome a ɛto so ason no da a edi kan no,+ ɔsɔfo Esra de Mmara no baa bagua no anim.+ Saa bere no, na mmarima ne mmea ne obiara a ɔte asɛm a otumi te ase ahyia. 3 Na ɔkenkan no den+ abɔnten wɔ Nsu Pon no anim fi ahemanakye kosii awia,* wɔ mmarima ne mmea ne nnipa foforo a wotumi te nneɛma ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee+ Mmara nhoma no mu nsɛm. 4 Na ɔkyerɛwfo Esra gyinaa apa a wɔde nnua ayɛ ama nhyiam no so; wɔn a na wogyinagyina ne nifa so ne Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia, ne Maaseia, na wɔn a na wogyinagyina ne benkum so ne Pedaia, Misael, Malkiya,+ Hasum, Has-Badana, Sakaria, ne Mesulam.
5 Esra buee nhoma no mu maa ɔman no nyinaa hui, efisɛ na ɔwɔ soro sen wɔn nyinaa. Bere a obuee mu no, nnipa no nyinaa sɔresɔree. 6 Ɛnna Esra de ayeyi maa Yehowa, nokware Nyankopɔn no, Nea ɔyɛ kɛse no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!* Amen!”+ Na wɔmomaa wɔn nsa so. Afei wɔkotow de wɔn anim butubutuw fam sɔree Yehowa. 7 Na Yesua, Bani, Serebia,+ Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad,+ Hanan, ne Pelaia, a wɔn nyinaa yɛ Lewifo no, kyerɛkyerɛɛ Mmara no mu kyerɛɛ ɔman no.+ Saa bere no nyinaa na ɔman no gyinagyina hɔ. 8 Wɔtoaa so kenkan nokware Nyankopɔn no Mmara nhoma no den, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu maa emu daa hɔ fann, na wɔboaa ɔman no ma wɔtee nea wɔrekenkan no ase.+
9 Nehemia a saa bere no na ɔyɛ amrado,* ne ɔsɔfo Esra+ a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo, ne Lewifo a na wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: “Ɛnnɛ yɛ da kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn.+ Munnni awerɛhow, na munnsu.” Nea ɛte ne sɛ, bere a ɔman no retie Mmara no mu nsɛm no, na wɔn nyinaa resu. 10 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkodi mo aduan papa bi* na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa bi+ nkɔma wɔn a wonni bi, efisɛ ɛnnɛ yɛ da kronkron ma yɛn Awurade. Enti mommma mo werɛ nnhow, na Yehowa mu anigye ne mo abannennen.”* 11 Lewifo no nso ka kyekyee nkurɔfo no nyinaa werɛ sɛ: “Munnyae su! Efisɛ ɛnnɛ yɛ da kronkron, enti mommma mo werɛ nnhow.” 12 Ɛnna nkurɔfo no nyinaa kodidii na wɔnomee, na wɔkyekyɛɛ bi maa afoforo, na wodii ahurusi kɛse+ efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.+
13 Na da a ɛto so abien no, agyanom mmusua mu mpanyimfo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa ne asɔfo ne Lewifo no boaboaa wɔn ho ano baa ɔkyerɛwfo Esra nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a Mmara nsɛm no mu ntease a wɔanya no, wobenya bi aka ho. 14 Ɛnna wohui sɛ wɔakyerɛw wɔ Yehowa Mmara a ɔde faa Mose so no mu sɛ, sɛ Israelfo redi bosome a ɛto so ason no mu afahyɛ no a, wɔntenatena apata* ase,+ 15 na ɛsɛ sɛ wɔbɔ dawuru+ na wɔpae mu ka wɔ wɔn nkurow nyinaa mu ne Yerusalem baabiara sɛ: “Monkɔ mmepɔw no so nkɔpɛ ngodua mmaa, nku dua mmaa, ohuadua mmaa, berɛw, ne nnua foforo mmaa mfa mmɛbɔ apata sɛnea wɔakyerɛw no.”
16 Ɛnna ɔman no fii adi kɔpɛɛ bi bae, na wɔde bobɔɔ apata, obiara bɔɔ ne de wɔ ne dan atifi ne n’adiwo ne nokware Nyankopɔn no fi adiwo+ ne mmɔnten so wɔ baabi a ɛbemmɛn Nsu Pon+ no ne Efraim Pon+ no. 17 Enti wɔn a wɔasan aba wɔn man mu no nyinaa bobɔɔ apata, na wɔtenatenaa apata no mu. Efi Nun ba Yosua+ nna no mu besi saa da no, na Israelfo nyɛɛ saa da, na ɛma wodii ahurusi kɛse.+ 18 Na efi da a edi kan kosi da a etwa to no, da biara na wɔkenkan nokware Nyankopɔn no Mmara+ nhoma no; wodii afahyɛ no nnanson, na da a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ nhyiam titiriw sɛnea mmara no kyerɛ.+
9 Bosome yi da a ɛto so 24 no, Israelfo boaboaa wɔn ho ano; wofuraa awerɛhow ntama* yɛɛ akɔnkyen,* na wɔde dɔte guu wɔn atifi.+ 2 Na wɔn a wɔyɛ Israelfo ankasa no tew wɔn ho fii ananafo no nyinaa ho,+ na wɔsɔre kaa wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne.+ 3 Afei wogyinagyinaa wɔn gyinabea na wɔde da no mu nnɔnhwerew abiɛsa* kenkan Yehowa wɔn Nyankopɔn Mmara nhoma no+ den, na wɔde emu nnɔnhwerew abiɛsa nso kaa wɔn bɔne; afei nso wɔkotow Yehowa, wɔn Nyankopɔn anim.
4 Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia,+ Bani, ne Kenani sɔre gyinagyinaa bamma+ a wɔayɛ ama Lewifo no so, na wɔde nne kɛse teɛɛm frɛɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn. 5 Na Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia a wɔyɛ Lewifo no kae sɛ: “Monsɔre na munyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ daa daa.*+ Ma wɔnkamfo wo din kɛse a ɛboro ayeyi ne nkamfo nyinaa so no.
6 “Wo nkutoo ne Yehowa,+ na ɔsoro, ɔsoro mu soro ne emu asafodɔm nyinaa, asaase ne nea ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa, wo na woyɛe. Wo na wokora wɔn nyinaa so ma wɔtena ase; ɔsoro asafodɔm nyinaa nso kotow wo. 7 Wone Yehowa, nokware Nyankopɔn no; wo na wopaw Abram+ na wuyii no fii Kaldeafo asaase Ur+ so, na wotoo no din Abraham.+ 8 Wuhui sɛ ne koma di mu wɔ w’anim;+ ɛno nti, wo ne no yɛɛ apam sɛ wode Kaananfo, Hitifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asaase bɛma ɔne n’asefo,*+ na woteɛ nti, wudii wo bɔhyɛ so.
9 “Enti wuhuu amanehunu a ɛtoo yɛn agyanom wɔ Egypt no,+ na wutiee wɔn sufrɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade de twee Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asaase so nyinaa aso,+ efisɛ na wunim sɛ wɔadi wo nkurɔfo so ahantansɛm.+ Wode gyee din, na atena hɔ abesi nnɛ.+ 11 Wopaee ɛpo no mu wɔ wɔn anim ma wɔfaa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfinimfini kɔe;+ na wɔn a wɔtaa wɔn so no, wotow wɔn guu ɛpo bun no mu te sɛ ɔbo a wɔatow ato nsu a ano yɛ den mu.+ 12 Wonam omununkum dum so kyerɛɛ wɔn kwan awia, na anadwo nso wonam ogya dum a ɛhyerɛn so kyerɛɛ wɔn ɔkwan a wɔmfa so.+ 13 Wusian baa Sinai Bepɔw+ so ne wɔn kasa fii soro,+ na wode w’atemmusɛm a ɛteɛ ne mmara a ɛyɛ nokware* ne akwankyerɛ pa ne ahyɛde maa wɔn.+ 14 Woma wohuu wo Homeda+ kronkron, na wonam w’akoa Mose so maa wɔn ahyɛde, akwankyerɛ, ne mmara. 15 Wode aduan fi soro maa wɔn de kum wɔn kɔm,+ na womaa wɔn nsu fii ɔbotan mu de kum wɔn sukɔm,+ na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asaase a wokaa ntam* sɛ wode bɛma wɔn no.
16 “Nanso yɛn agyanom dii ahantansɛm;+ wɔyɛɛ asoɔden*+ na wɔantie w’ahyɛde. 17 Wɔantie,+ na wɔankae anwonwade a woyɛe wɔ wɔn mu no. Mmom no, wɔyɛɛ asoɔden na wɔpaw obi sɛ onni wɔn anim nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt.+ Nanso woyɛ Onyankopɔn a wuyi wo yam de bɔne kyɛ,* wowɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu, wo bo mfuw ntɛm, wo dɔ a enni huammɔ nni ano,+ enti woampo wɔn.+ 18 Bere a wɔyɛɛ nantwi ba honi* na wɔkae sɛ, ‘Wo Nyankopɔn a oyii wo fii Egypt no+ ni,’ na wobuu wo animtiaa kɛse no, 19 wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woannyaw wɔn wɔ sare no so.+ Omununkum dum no amfi wɔn so awia; ɛkyerɛɛ wɔn kwan. Na ogya dum a ɛhyerɛn no nso amfi wɔn so anadwo; ɛkyerɛɛ wɔn ɔkwan a wɔmfa so.+ 20 Wode wo honhom pa no maa wɔn na ama wɔayɛ mmadwemma,+ na wo mana nso woamfa ankame wɔn.*+ Womaa wɔn nsu de kum wɔn sukɔm.+ 21 Womaa wɔn aduan mfirihyia 40 wɔ sare no so.+ Hwee anhia wɔn. Wɔn ntaade antetew,+ na wɔn nan ase nso antaataa.
22 “Wode ahenni ne aman maa wɔn ma wɔkyekyɛɛ mu de obiara de maa no;+ wɔfaa Hesbon+ hene Sihon asaase+ ne Basan hene Og asaase.+ 23 Womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.+ Ɛnna wode wɔn baa asaase a wohyɛɛ bɔ sɛ wɔn agyanom nkɔfa no+ so. 24 Enti wɔn mma bɛfaa asaase no,+ na Kaananfo a wɔte asaase no so no, woma wodii wɔn so;+ wɔn ahemfo ne asaase no sofo nyinaa, wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa ma wɔyɛɛ wɔn sɛnea wɔpɛ. 25 Wodii nkurow a wɔabɔ ho ban+ ne asaase pa*+ so, na wonyaa afi a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu ma, mmura a wɔatu, bobe mfuw ne ngodua mfuw+ ne nnua pii a ɛsow aba. Enti wodidi mee, wɔyeyɛɛ akɛse, wɔn ho tɔɔ wɔn, na wo papayɛ bebrebe nti, wonyaa asetena pa.
26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden na wɔtew wo so atua,+ na wo Mmara nso wɔpowee.* W’adiyifo a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, wokunkum wɔn, na wobuu wo animtiaa kɛse.+ 27 Eyi nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa+ ma wɔn ho hiahiaa wɔn.+ Nanso sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wosu frɛ wo, na wo nso wufi soro hɔ tie wɔn; na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woma wɔn agyefo ma wogye wɔn fi wɔn atamfo nsam.+
28 “Na sɛ wɔn ho tɔ wɔn ara pɛ a, wɔsan yɛ w’ani so bɔne,+ na wo nso wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma wɔhyɛ wɔn so.*+ Ɛba saa a, wɔsan ba wo nkyɛn besu frɛ wo,+ na wufi soro hɔ tie wɔn. Bere biara a wɔbɛsan aba no, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, wugye wɔn.+ 29 Ɛyɛ a wobɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan aba wo Mmara ho, nanso wodi ahantansɛm na wontie w’ahyɛde;+ na w’atemmusɛm nso, wobu so yɛ bɔne; ɛno nso na sɛ obi di so a, ɔnam so nya nkwa.+ Wɔantie, na mmom wɔyɛɛ asoɔden sinsen wɔn kɔn. 30 Wunyaa wɔn ho abotare+ mfe pii na wonam wo honhom ne w’adiyifo so bɔɔ wɔn kɔkɔ, nanso wɔantie. Eduu baabi no, wode wɔn hyɛɛ asaase no so aman nsa.+ 31 Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woantow wɔn ankyene, efisɛ woyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+
32 “Afei, O yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn a woyɛ kɛse, otumfo a wo ho yɛ hu, wudi w’apam so, na woda ɔdɔ a enni huammɔ adi,+ amanehunu a aba yɛne yɛn ahemfo, yɛn mpanyimfo,+ yɛn asɔfo,+ yɛn adiyifo,+ yɛn agyanom, ne wo nkoa nyinaa so fi Asiria ahemfo+ bere so besi nnɛ yi, mma ɛnnyɛ ade ketewa wɔ w’ani so. 33 Nea aba yɛn so nyinaa mu no, wudi bem efisɛ woadi nokware wɔ wo nneyɛe mu; yɛn na yɛayɛ bɔne.+ 34 Na yɛn ahemfo, yɛn mpanyimfo, yɛn asɔfo, ne yɛn agyanom de, wɔanni wo Mmara so, na wɔantie w’ahyɛde ne wo nkaesɛm* a wode bɔɔ wɔn kɔkɔ no. 35 Bere mpo a wɔn ahenni rekɔ so a womaa wɔn nneɛma pa pii ne asaase pa* a ɛtrɛw no, wɔn de, wɔansom wo+ na wɔantwe wɔn ho amfi wɔn nneyɛe bɔne ho. 36 Hwɛ! Yɛn na ɛnnɛ yɛayɛ nkoa yi!+ Yɛayɛ nkoa wɔ asaase a wode maa yɛn agyanom sɛ wonni so aba ne emu nneɛma pa no so. 37 Yɛn bɔne nti nnɔbae pii a ɛsow no, ahemfo a wode wɔn asisi yɛn so no hɔ na ɛkɔ.+ Wɔredi yɛn nipadua ne yɛn nyɛmmoa so sɛnea wɔpɛ; yɛakɔ ahohia kɛse mu.
38 “Eyi nyinaa nti, yɛreyɛ apam a edi mu;+ yɛrekyerɛw na yɛama yɛn mpanyimfo, Lewifo, ne yɛn asɔfo nso de wɔn ahyɛnsode atintim so.”+
10 Wɔn a wɔde wɔn ahyɛnsode tintim so+ no ni:
Hakalia ba Amrado* Nehemia;
Ɛnna Sedekia, 2 Seraia, Asaria, Yeremia, 3 Pasur, Amaria, Malkiya, 4 Hatus, Sebania, Maluk, 5 Harim,+ Meremot, Obadia, 6 Daniel,+ Gineton, Baruk, 7 Mesulam, Abia, Miyamin, 8 Maasia, Bilgai ne Semaia; wɔn ne asɔfo no.
9 Lewifo nso ni: Asania ba Yesua, Binui a ofi Henadad mma mu, ne Kadmiel;+ 10 wɔne wɔn nuanom Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, 11 Mika, Rehob, Hasabia, 12 Sakur, Serebia,+ Sebania, 13 Hodia, Bani ne Beninu.
14 Ɔman no mu atitiriw ni: Paros, Pahat-Moab,+ Elam, Satu, Bani, 15 Buni, Asgad, Bebai, 16 Adoniya, Bigwai, Adin, 17 Ater, Hesekia, Asor, 18 Hodia, Hasum, Bisai, 19 Harif, Anatot, Nebai, 20 Magpias, Mesulam, Hesir, 21 Mesesabel, Sadok, Yadua, 22 Pelatia, Hanan, Anaia, 23 Hosea, Hanania, Hasub, 24 Halohes, Pilha, Sobek, 25 Rehum, Hasabna, Maaseia, 26 Ahiya, Hanan, Anan, 27 Maluk, Harim, ne Baanah.
28 Na ɔman no mufo a wɔaka, kyerɛ sɛ, asɔfo, Lewifo, apon ano ahwɛfo, nnwontofo, asɔrefi asomfo* ne obiara a watwe ne ho afi asaase no sofo ho abedi nokware Nyankopɔn no Mmara no so,+ wɔn yerenom, wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea, ne obiara a ɔwɔ nimdeɛ ne ntease no,* 29 wɔn nyinaa kɔkaa wɔn nuanom atitiriw no ho, na wodii nsew kaa ntam sɛ wɔbɛnantew nokware Nyankopɔn no Mmara a ɔnam nokware Nyankopɔn akoa Mose so de maa wɔn no mu, na wobedi so pɛpɛɛpɛ sɛnea yɛn Awurade Yehowa mmara nsɛm ne n’atemmusɛm ne n’ahyɛde nyinaa te. 30 Wɔkaa ntam sɛ: “Yɛremfa yɛn mma mmea mma asaase no sofo, na wɔn mma mmea nso, yɛrennye wɔn aware mma yɛn mma mmarima.+
31 “Sɛ asaase no sofo de nneɛma ne nnuan ahorow nyinaa bi ba bɛtontɔn no Homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ hwee Homeda+ anaa da kronkron bi.+ Afe a ɛto so ason+ no nso, yebegyaw asaase no ato hɔ, na sɛ obi de yɛn ka a, yɛde bɛkyɛ no.+
32 “Afei nso, yɛbɛhyɛ mmara ama yɛn ho sɛ afe biara yɛn mu biara de dwetɛbona* nkyem abiɛsa mu baako bɛba abɛboa yɛn Nyankopɔn fi* som adwuma,+ 33 na wɔde adi nneɛma yi ho dwuma: paanoo a wɔde taataa so,*+ daa aduan afɔre,+ daa ɔhyew afɔre a Homeda biara,+ ɔsram foforo biara,+ ne afahyɛ ahorow+ du so a wɔbɔ, nneɛma kronkron ne bɔne ho afɔre+ a wɔbɔ de pata ma Israel ne adwuma biara a wɔyɛ wɔ yɛn Nyankopɔn fi.
34 “Afei yɛbɛbɔ yɛn agyanom abusuafi so ntonto de ahu asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo a afe biara sɛ bere no so a, wɔde anyina bɛba yɛn Nyankopɔn fi, na wɔde asɔ gya wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔremuka so sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu no.+ 35 Afei nso, yɛde yɛn nsaase so nnɔbae a edi kan ne nnua ahorow nyinaa aba a edi kan bɛba Yehowa fi afe afe;+ 36 yɛn mmakan ne yɛn nyɛmmoa mmakan+ ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan nso, yɛde bɛba sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu no; yɛde bɛba yɛn Nyankopɔn fi de abrɛ asɔfo a wɔresom wɔ yɛn Nyankopɔn fi no.+ 37 Afei yɛde yɛn aba a edi kan mu esiam+ ne yɛn akyɛde ne nnua ahorow nyinaa so aba,+ bobesa foforo ne ngo+ nso bɛbrɛ asɔfo no wɔ yɛn Nyankopɔn fi adekora adan* mu,+ na yɛde yɛn nsaase so nnɔbae mu ntotoso du du* bɛbrɛ Lewifo no; Lewifo no na wogye nkurow a yɛyɛ kuadwuma wom nyinaa so ntotoso du du.+
38 “Na ɔsɔfo a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifo no ho bere a Lewifo no regyigye ntotoso du du no, na Lewifo no nso de ntotoso du du no so ntotoso du du bɛba yɛn Nyankopɔn fi+ na wɔde agu adekoradan mpia* no mu. 39 Na adekora adan* no mu na Israelfo ne Lewi mma de aduan afɔre ne nsã foforo ne ngo no bɛba,+ na ɛhɔ na tenabea kronkron hɔ nneɛma ne asɔfo a wɔsom ne apon ano ahwɛfo ne nnwontofo no wɔ. Yɛremmu yɛn ani ngu yɛn Nyankopɔn fi so.”+
11 Ɔman no mu mpanyimfo no tenatenaa Yerusalem;+ na ɔman no mufo a wɔaka no, wɔbɔɔ ntonto+ de paw edu biara mu baako sɛ ɔntena Yerusalem, kurow kronkron no mu, na akron a aka no de, wɔtenatenaa nkurow a aka no mu. 2 Afei nso, mmarima bi fi wɔn pɛ mu tenaa Yerusalem, na ɔman no hyiraa wɔn nyinaa.
3 Eyinom ne ɔmantam no mu atitiriw a wɔtenaa Yerusalem. (Israelfo a wɔaka no, asɔfo no ne Lewifo ne asɔrefi asomfo*+ ne Solomon nkoa+ no mma no de, wɔtenatenaa Yuda nkurow a aka mu; obiara tenaa n’ankasa asaase so wɔ ne kurom.+
4 Na Yuda ne Benyamin asefo bi nso tenaa Yerusalem.) Yudafo mu no, Ataia, Usia ba, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel a ofi Peres mma mu no ba;+ 5 Maaseia, Baruk ba, Kolhosen ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria a ofi Sela abusua mu ba. 6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ mmarima akantinka 468.
7 Eyinom ne Benyamin asefo no: Salu,+ Mesulam ba, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesia ba; 8 n’akyi no, Gabai ne Salai; wɔn nyinaa dodow si 928, 9 na Sikri ba Yoel na na ɔyɛ wɔn so hwɛfo, na Hasenua ba Yuda na na ɔyɛ kurow so hwɛfo abadiakyiri.
10 Wɔn mu asɔfo no ni: Yedaia a ɔyɛ Yoiarib ba, ne Yakin,+ 11 ne Seraia, Hilkia ba, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitab ba;+ ná Ahitab yɛ ɔpanyin wɔ nokware Nyankopɔn no fi* hɔ; 12 wɔne wɔn nuanom, ofi no mu adwumayɛfo no dodow si 822; Adaia, Yeroham ba, Pelalia ba, Amsi ba, Sakaria ba, Pasur ba,+ Malkiya ba; 13 ɔne ne nuanom a wɔyɛ agyanom mmusua mu mpanyimfo, wɔn dodow si 242; Amassai, Asarel ba, Ahsai ba, Mesilemot ba, Imer ba; 14 wɔne wɔn nua mmarima akantinka; wɔn dodow si 128; na wɔn so hwɛfo ne Sabdiel a ofi abusua bi a ɛwɔ anuonyam mu.
15 Wɔn mu Lewifo ni: Semaia+ a ɔyɛ Hasub ba, Asrikam ba, Hasabia ba, Buni ba, 16 ne Sabetai+ ne Yosabad+ a wɔyɛ Lewifo mu atitiriw no, nokware Nyankopɔn no fi nnwuma a wɔyɛ wɔ abɔnten no so ahwɛfo; 17 ɛnna Matania+ a ɔyɛ Mika ba, Sabdi ba, Asaf ba;+ ɔno na na odi nnwonto anim na ofi aseda dwom ase wɔ mpaebɔ mu;+ wɔn a wɔka wɔn ho ne Bakbukia, ɔpanyin a ɔto so abien wɔ ne nuanom mu, ne Abda, Sammua ba, Galal ba, Yedutan+ ba. 18 Lewifo a na wɔtete kurow kronkron no mu nyinaa dodow si 284.
19 Apon ano ahwɛfo no ne Akub ne Talmon+ ne wɔn nuanom a na wɔwɛn apon ano no, wɔn dodow si 172.
20 Israelfo ne asɔfo ne Lewifo a wɔaka no de, na wɔtete Yuda nkurow a aka no mu, na na obiara wɔ n’asaase* so. 21 Asɔrefi asomfo*+ no nso, na wɔtete Ofel;+ Siha ne Gispa na na wɔda asɔrefi asomfo* no ano.
22 Nea na ɔda Lewifo ano wɔ Yerusalem ne Usi a ɔyɛ Bani ba; ná ɔyɛ Hasabia ba, ɔno nso yɛ Matania+ ba, na ɔno nso yɛ Mika a ofi Asaf asefo nnwontofo mu no ba; adwuma a na wɔyɛ wɔ nokware Nyankopɔn no fi no, Usi na na ɔhwɛ so. 23 Ɔhene no hyɛɛ mmara+ ma wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔmma nnwontofo no nea wobehia da biara da. 24 Ná Mesesabel a ofi Yuda ba Sera mma mu no ba Petahia yɛ ɔhene fotufo* wɔ ɔman no nsɛm nyinaa mu.
25 Nkurow ne ɛho nsaase a Yuda asefo no bi tenatenaa mu ne Kiriat-Arba+ ne ɛho nkurow,* Dibon ne ɛho nkurow, Yekabseel+ ne ɛho nkuraa, 26 Yesua, Molada,+ Bet-Pelet,+ 27 Hasar-Sual+ ne Beer-Seba ne ɛho nkurow,* 28 Siklag+ ne Mekona ne ɛho nkurow,* 29 En-Rimon,+ Sora,+ Yamut, 30 Sanoa+ ne Adulam ne ɛho nkuraa, Lakis+ ne ɛho nsaase, ne Aseka+ ne ɛho nkurow.* Na wɔtenatenaa Beer-Seba kosii Hinom Bon mu.+
31 Ná Benyamin asefo no wɔ Geba,+ Mikmas, Aiya ne Betel+ ne ɛho nkurow* mu, 32 Anatot,+ Nob,+ Anania, 33 Hasor, Rama,+ Gitaim, 34 Hadid, Seboim, Nebalat, 35 Lod ne Ono,+ adwumfo bon no mu. 36 Lewifo mu no, wɔmaa kuw bi a wɔwɔ Yuda asaase so kɔɔ Benyamin asaase so.
12 Eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel ba+ Serubabel+ ne Yesua+ kɔe no: Seraia, Yeremia, Esra, 2 Amaria, Maluk, Hatus, 3 Sekania, Rehum, Meremot, 4 Ido, Ginetoi, Abia, 5 Miyamin, Maadia, Bilga, 6 Semaia, Yoiarib, Yedaia, 7 Salu, Amok, Hilkia, ne Yedaia. Eyinom ne asɔfo no mu atitiriw* ne wɔn nuanom, Yesua bere so.
8 Lewifo no ne Yesua, Binui, Kadmiel,+ Serebia, Yuda ne Matania+ ne ne nuanom a wodii aseda nnwom anim no. 9 Ná wɔn nuanom Bakbukia ne Uni ne wɔn di nhwɛanim wɔ awɛmfo adwuma mu. 10 Yesua na ɔwoo Yoiakim, na Yoiakim woo Eliasib,+ na Eliasib nso woo Yoiada.+ 11 Yoiada woo Yonatan, na Yonatan nso woo Yadua.
12 Yoiakim bere so no, asɔfo a na wɔyɛ agyanom mmusua mu mpanyimfo ni: Seraia+ abusua mu, Meraia; Yeremia abusua mu, Hanania; 13 Esra+ abusua mu, Mesulam; Amaria abusua mu, Yehohanan; 14 Maluki abusua mu, Yonatan; Sebania abusua mu, Yosef; 15 Harim+ abusua mu, Adna; Meraiot abusua mu, Helkai; 16 Ido abusua mu, Sakaria; Gineton abusua mu, Mesulam; 17 Abia+ abusua mu, Sikri; Miniamin abusua mu, . . . ;* Moadia abusua mu, Piltai; 18 Bilga+ abusua mu, Sammua; Semaia abusua mu, Yehonatan; 19 Yoiarib abusua mu, Matenai; Yedaia+ abusua mu, Usi; 20 Salai abusua mu, Kalai; Amok abusua mu, Eber; 21 Hilkia abusua mu, Hasabia; Yedaia abusua mu, Netanel.
22 Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua+ bere so no, wɔkyerɛw Lewifo agyanom mmusua mu mpanyimfo ne asɔfo no din de besii Persiani Dario ahenni so.
23 Wɔkyerɛw Lewifo a na wɔyɛ agyanom mmusua mu mpanyimfo no din wɔ abakɔsɛm nhoma mu de besii Eliasib ba Yohanan so. 24 Lewifo mu atitiriw no ne Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba+ Yesua,+ na wɔne wɔn nuanom dii nhwɛanim too ayeyi ne aseda dwom sɛnea nokware Nyankopɔn nipa Dawid akwankyerɛ te no;+ awɛmfo kuw baako gyina ɔfã ha, ɛnna awɛmfo kuw baako nso gyina ɔfã noho. 25 Ná Matania+ ne Bakbukia, Obadia, Mesulam, Talmon, ne Akub+ yɛ apon ano ahwɛfo;+ wɔn na na wɔwɛn adekora adan a ɛbɛn asɔrefi pon no. 26 Yosadak ba Yesua+ ba Yoiakim bere so ne Amrado Nehemia ne ɔsɔfo Esra+ a ɔsan yɛ ɔkyerɛwfo* no bere so no, eyinom na na wɔwɔ hɔ.
27 Bere a wɔrehyira Yerusalem afasu no so no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no wɔ wɔn tenabea nyinaa de wɔn baa Yerusalem ma wɔde aseda ne nnwonto,+ ne nnawuru* ne asanku ahorow bedii ahurusi hyiraa so. 28 Ɛnna nnwontofo mma* no boaboaa wɔn ho ano wɔ ɔmantam* no mu fii Yerusalem ho nkurow nyinaa mu ne Netofa nkuraase,+ 29 ne Bet-Gilgal+ ne Geba ne Asmawet nsaase so,+ efisɛ na nnwontofo no akyekye nkuraa atwa Yerusalem ho ahyia. 30 Na asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, na wodwiraa ɔman no+ ne kurow apon+ ne ɔfasu no nso ho.+
31 Afei mede Yuda mpanyimfo no baa ɔfasu no so. Ɛnna mehyehyɛɛ nnwontofo akuw akɛse abien a wɔto aseda nnwom ne nnipadɔm a wodi wɔn akyi; kuw baako de wɔn ani kyerɛɛ nifa so wɔ ɔfasu no so kɔɔ Sumina Pon no ano.+ 32 Hosaia ne Yuda mpanyimfo no fã dii wɔn akyi. 33 Wɔn a na wɔka wɔn ho ni: Asaria, Esra, Mesulam, 34 Yuda, Benyamin, Semaia, ne Yeremia. 35 Asɔfo no mma mu nso, wɔn a na wokurakura ntorobɛnto ka wɔn ho+ ne Sakaria a ɔyɛ Yonatan ba, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba;+ 36 ɔne ne nuanom Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda, ne Hanani; wɔn na na wokurakura nokware Nyankopɔn nipa Dawid nnwonto nneɛma no;+ ná ɔkyerɛwfo Esra+ di wɔn anim. 37 Wofi Nsuaniwa Pon no ho+ kɔɔ tẽẽ kɔfaa ɔfasu no fã a ɛwɔ soro wɔ Dawid Fi atifi hɔ no, na wɔtraa Dawid Kurow+ Stɛps no+ kosii Nsu Pon no+ apuei.
38 Nnwontofo kuw a wɔto aseda nnwom no, baako a aka no nso de wɔn ani kyerɛɛ ɔfã noho,* na me ne ɔman no fã dii wɔn akyi faa ɔfasu no so kɔfaa Fononoo Abantenten no atifi+ kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ no so,+ 39 na wɔkɔfaa Efraim Pon+ no atifi ne Kurow Dedaw Pon,+ Mpataa Pon,+ Hananel Abantenten,+ ne Mea Abantenten no so kɔɔ Nguan Pon+ no so, na wokogyinagyinaa Ɔwɛmfo Pon no ano.
40 Afei nnwontofo akuw abien a wɔto aseda dwom no begyinagyinaa nokware Nyankopɔn no fi no anim, na me nso mebaa hɔ; me ne asoafo no fã, 41 ne asɔfo Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, ne Hanania a wokurakura ntorobɛnto no; 42 ɛne Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkiya, Elam ne Eser. Nnwontofo a Yesrahia da wɔn ano no too nnwom denneennen.
43 Saa da no, wɔbɔɔ afɔre bebree na wodii ahurusi+ efisɛ nokware Nyankopɔn no maa wɔn ani gyei kɛse. Mmea ne mmofra no nso dii ahurusi+ ma wɔtee Yerusalem ahurusidi no wɔ akyirikyiri.+
44 Ɛda no wɔde mmarima sisii adekora adan+ no so sɛ wɔmfa afɔrebɔde+ ne nnɔbae a edi kan+ ne ntotoso du du*+ nkogu hɔ. Asɔfo ne Lewifo+ no kyɛfa a Mmara kyerɛ no,+ na wobegyigye afi nkurow no mfuw mu akogu hɔ. Asɔfo ne Lewifo a na wɔresom no nti, Yudafo no dii ahurusi. 45 Wɔhwɛ yɛɛ adwuma a wɔn Nyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no na wɔyɛɛ ahodwira ho asɛde no nso; nnwontofo ne apon ano ahwɛfo no nso yɛɛ sɛnea Dawid ne ne ba Solomon kae no. 46 Dawid ne Asaf mmere so tɔnn no, na wɔwɔ nnipa a wɔdeda nnwontofo ano ma wɔto ayeyi ne aseda nnwom ma Onyankopɔn.+ 47 Serubabel+ bere so ne Nehemia bere so no, Israel nyinaa de nnwontofo ne apon ano ahwɛfo kyɛfa maa wɔn sɛnea wobehia no da biara.+ Wɔboaboaa Lewifo no nso kyɛfa ano maa wɔn,+ ɛnna Lewifo no nso boaboaa Aaron mma no kyɛfa ano maa wɔn.
13 Saa da no, wɔkenkan Mose nhoma no maa ɔman no tee;+ na wohui sɛ wɔakyerɛw wom sɛ ɛnsɛ sɛ Ammonfo ne Moabfo+ ba nokware Nyankopɔn no asafo mu da,+ 2 efisɛ wɔamfa aduan* ne nsu ammehyia Israelfo no; mmom, wɔkɔbɔɔ Baalam paa sɛ ɔnnome wɔn.+ Nanso yɛn Nyankopɔn maa nnome no dan nhyira.+ 3 Bere a wɔtee Mmara no ara pɛ, wofii ase yiyii ananafo* nyinaa fii Israelfo no mu.+
4 Ansa na wɔreyɛ eyi no, na Eliasib+ a ne busuani ne Tobia+ no na ɔyɛ ɔsɔfo a ɔhwɛ yɛn Nyankopɔn fi adekora adan* no so.+ 5 Osiesiee adekoradan* kɛse bi maa no; ɛhɔ na kan no na wɔde aduan afɔre, ɛhyɛ,* ne nneɛma foforo gu; ɛhɔ nso na aduan ne bobesa foforo ne ngo+ so ntotoso du du* a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifo,+ nnwontofo, ne apon ano ahwɛfo no wɔ; ná asɔfo no kyɛfa nso ka ho.+
6 Saa bere no nyinaa na minni Yerusalem, efisɛ Babilon hene Artasasta+ ahenni afe a ɛto so 32 mu no,+ mekɔɔ ɔhene nkyɛn; akyiri yi, mesrɛɛ kwan fii ɔhene nkyɛn sɛ mepɛ sɛ mitu kwan kakra. 7 Afei mebaa Yerusalem, na mibehuu adebɔne a Eliasib+ ayɛ. Ná wasiesie adekoradan bi ama Tobia+ wɔ nokware Nyankopɔn no fi no adiwo. 8 Ɛyɛɛ me yaw paa, enti miyiyii Tobia dan mu nneɛma nyinaa fii adekoradan no mu* tow guu abɔnten. 9 Miwiei no, meka ma wɔtew adekora adan* no nyinaa ho, na mesan de nokware Nyankopɔn no fi nneɛma+ ne aduan afɔre ne ɛhyɛ*+ no guu hɔ.
10 Mibehui nso sɛ na wɔmfa Lewifo+ no kyɛfa mma wɔn+ ma enti Lewifo ne nnwontofo a na wɔyɛ adwuma no aguanguan kɔ; obiara kɔ n’asaase so.+ 11 Ɛnna m’ani beree asoafo no so,+ na mibisaa wɔn sɛ: “Dɛn nti na moabu mo ani agu nokware Nyankopɔn no fi so?”+ Afei meboaboaa wɔn ano de wɔn gyinagyinaa wɔn gyinabea bio. 12 Na Yuda nyinaa de hwiit* ne bobesa foforo ne ngo so ntotoso du du+ baa adekora adan no mu.+ 13 Afei mede adekora adan no hyɛɛ ɔsɔfo Selemia, ɔkyerɛwfo* Sadok, ne Pedaia a ɔyɛ Lewini no nsa, efisɛ na wobu mmarima yi anokwafo; Matania ba Sakur ba Hanan na na ɔboa wɔn. Ná wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛkyekyɛ wɔn nuanom kyɛfa ama wɔn.
14 O me Nyankopɔn, kae me+ wɔ eyi ho, na mma wo werɛ mmfi ɔdɔ a enni huammɔ a me Nyankopɔn fi ne ɛho nnwuma nti mada no adi no.+
15 Saa bere no, mihui sɛ nkurɔfo a wɔwɔ Yuda reyɛ bobesa* Homeda,+ na na wɔakyekyere hwiit asoasoa mfurum a wɔde reba. Ná wɔde nsã, bobe, borɔdɔma, ne nnesoa ahorow nyinaa bi reba Yerusalem Homeda;+ na mebɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ saa da a na wɔde tɔn nneɛma no ho.* 16 Ná Tirofo a wɔte kurow no mu no de mpataa ne aguade ahorow nyinaa bi ba bɛtɔn no Homeda+ ma nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem. 17 Enti m’ani beree Yuda mpanyimfo no so, na mibisaa wɔn sɛ: “Adebɔne bɛn na moreyɛ yi? Moagu Homeda no ho fĩ! 18 Ɛnyɛ eyi ara na mo agyanom yɛe a yɛn Nyankopɔn de mmusu yi nyinaa baa yɛne kurow yi so? Afei hwɛ, moda so ara regu Homeda no ho fĩ+ ama abufuhyew no ayɛ kɛse wɔ Israel so.”
19 Enti bere a Homeda reyɛ adu a esum reba wɔ Yerusalem kurow apon ano no, mekae sɛ wɔntoto apon no mu. Mesan kae sɛ mma wommmuebue, gye sɛ Homeda no atwam ansa; na mede m’ankasa m’asomfo no bi gyinagyinaa apon no ano na obiara amfa adesoa biara amma mu Homeda. 20 Ɛno nti aguadifo ne adetɔnfo a wɔtɔn aguade ahorow nyinaa bi no bɛdaa Yerusalem apon no akyi pɛnkoro ne ne mprenu so. 21 Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ kae sɛ: “Adɛn nti na modeda ɔfasu no akyi? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛyɛ mo ade.” Efi saa bere no, wɔamma hɔ Homeda bio.
22 Na meka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wonnwira wɔn ho daa, na wɔmmra mmɛwɛn apon no na wɔnyɛ Homeda no kronkron.+ Eyi mu nso, O me Nyankopɔn, kae me, na hu me mmɔbɔ sɛnea wo dɔ bebrebe a enni huammɔ no te.+
23 Saa bere no, mibehui nso sɛ Yudafo no bi awareware Asdodfo+ ne Ammonfo ne Moabfo+ mmea.+ 24 Wɔn mma no nso, na wɔn mu fã ka Asdodfo kasa, na na wɔn mu fã ka aman foforo so kasa; wɔn mu biara nni hɔ a na otumi ka Yudafo kasa. 25 Enti m’ani beree wɔn so, na medomee wɔn, na mmarima no bi nso mebobɔɔ wɔn;+ mitutuu wɔn nwi na mema wɔkaa Onyankopɔn ntam, na mekae sɛ: “Mommma mo mma mmea nnware wɔn mma mmarima, na wɔn mma mmea nso munnnye wɔn aware mmma mo mma mmarima, na mo ankasa nso monnware wɔn.+ 26 Ɛnyɛ saa nneɛma yi ara na ɛmaa Israel hene Solomon yɛɛ bɔne? Ná ɔhene biara nte sɛ ɔno+ amanaman no mu; ne Nyankopɔn dɔɔ no,+ ma enti Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene. Ɔno mpo, mmea ananafo na wɔma ɔyɛɛ bɔne.+ 27 Enti ɛyɛ nwonwa paa sɛ moawareware aman foforo so mmea de ayɛ bɔne kɛse yi de ato yɛn Nyankopɔn mmara.”+
28 Ná ɔsɔfo panyin Eliasib+ ba Yoiada mma no mu baako+ abɛyɛ Sanbalat+ a ofi Horon no asebarima. Enti mepam no.
29 O me Nyankopɔn, mfa wɔn ho nkyɛ wɔn, efisɛ wɔagu asɔfodi ne asɔfodi apam+ ne Lewifo+ no ho fĩ.
30 Na midwiraa* wɔn ho fii amanaman mufo nneɛma a wɔde guu wɔn ho fĩ no ho, na mede asɔfo ne Lewifo no sisii wɔn nnwuma so, obiara ne n’adwuma;+ 31 anyina ne aba a edi kan nso, meyɛɛ nhyehyɛe maa wɔde bae+ wɔ ne bere mu.
O me Nyankopɔn, kae me ma ensi me yiye.+
Ɛkyerɛ, “Yah Yɛ Ɔwerɛkyekyefo.”
Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “midii mmuada.”
Anaa “wode yɛɛ kɔkɔbɔ maa.”
Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “Eufrate.”
Anaa “Asɔrefi.”
Nt., “papayɛ nsa.”
Nt., “ɔsomfo.”
Nt., “wɔn nsam den.”
Nt., “ɔsomfo.”
Anaa “nkae.”
Anaa “Wohyiraa so.”
Anaa “Eufrate.”
Nt., “amrado no ahenni ase.”
Anaa “abo a wɔahyɛ da atwa.”
Anaa “ɔfã bi a wɔasusuw ama wɔn.”
Bɛyɛ mita 445 (anm. 1,460). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ɔkataa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wofi ɔmantam bi a ɛbɛn hɔ.”
Anaa “Ɔhene Fi.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “asa.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Nt., “na wɔka kyerɛ yɛn mpɛn du.”
Nt., “yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam.”
Anaa “ɔha mu nkyem baako,” kyerɛ sɛ, bosome biara de.
Nt., “meporoporow me kokom,” kyerɛ sɛ, tetefo ataade a wɔayɛ biribi wɔ ne koko so te sɛ kotoku.
Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “paanoo ne bobesa.”
Anaa “ma mefa ho ka.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “wo ara wo komam nsɛm na woreka.”
Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “animguase kɛse kaa wɔn.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “wobuu wɔn sɛ wɔn ho ntew sɛ wɔyɛ asɔfo.”
Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafo de ma wɔn mantam amradofo.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafo de ma wɔn mantam amradofo.
Nnipa dodow no ara gye di sɛ ɛte sɛ Persiafo sika kɔkɔɔ darik. Emu duru yɛ gram 8.4. Ɛsono drakma a wɔaka ho asɛm wɔ Greek Kyerɛwnsɛm mu no. Hwɛ Nkh. B14.
Bɛnnaa a wɔka ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no yɛ gram 570. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Nt., “Israel nyinaa.”
Hebri asɛmfua no kyerɛ obi a ɔhwɛ Mmara no ne Kyerɛw Kronkron no afã foforo so kyerɛw bi.
Anaa “owigyinae.”
Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”
Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafo de ma wɔn mantam amradofo.
Nt., “sradeduan.”
Anaa “ahoɔden.”
Anaa “asese.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “dii mmuada.”
Nt., “adekyee mu nkyem anan mu baako.”
Anaa “mfi mmeresanten nkosi mmeresanten.”
Nt., “n’aba.”
Anaa “mmara a enni huammɔ.”
Nt., “womaa wo nsa so.”
Anaa “wosen wɔn kɔn.”
Anaa “woyɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn.”
Anaa “honi a wɔagu.”
Anaa “woanyi amfi wɔn anom.”
Anaa “asaase a adɔ srade.”
Nt., “wɔtow kyenee wɔn akyi.”
Anaa “wotiatia wɔn so.”
Anaa “kɔkɔbɔ.”
Anaa “asaase a adɔ srade.”
Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafo de ma wɔn mantam amradofo.
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Ebetumi nso akyerɛ, “obiara a wanyin sɛ obetumi ate asɛm ase.”
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “asɔrefi.”
Kyerɛ sɛ, paanoo a wɔde kyerɛ no.
Anaa “adidibea adan.”
Anaa “taet.”
Anaa “adidibea adan.”
Anaa “adidibea adan.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “asɔrefi.”
Anaa “n’agyapade.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Nt., “gyina ɔhene nsa ho.”
Anaa “nkurow a atwa ho ahyia.”
Anaa “nkurow a atwa ho ahyia.”
Anaa “nkurow a atwa ho ahyia.”
Anaa “nkurow a atwa ho ahyia.”
Anaa “nkurow a atwa ho ahyia.”
Anaa “asɔfo a wɔda wɔn ano.”
Ɛbɛyɛ sɛ na edin biara nhyɛ ha wɔ tete Hebri nsaano nkyerɛwee no mu.
Hwɛ Ne 8:1.
Hebri asɛmfua no kyerɛ nnade ntraantraa abien a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, egyigye kyan-kyan.
Anaa “nnwontofo a wɔn ho akokwaw.”
Kyerɛ sɛ, Yordan mantam.
Anaa “baako a aka no nso ne wɔn dii nhwɛanim.”
Anaa “taet.”
Nt., “paanoo.”
Anaa “firamanfiramanfo.”
Anaa “adidibea adan.”
Anaa “adidibea.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “taet.”
Anaa “adidibea hɔ.”
Anaa “adidibea adan.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Hwɛ Ne 8:1.
Nt., “wɔretiatia amoa a wokyĩ nsã wom no mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “mebɔɔ wɔn kɔkɔ saa da no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtɔn nneɛma.”
Anaa “metew.”