Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Mmebusɛm 1:1-31:31
  • Mmebusɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmebusɛm
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Mmebusɛm

MMEBUSƐM

1 Israel hene+ Solomon, Dawid ba no mmebusɛm ni:+

 2 Ɛwɔ hɔ sɛ nnipa mfa nsua* nyansa+ ne nteɛso,

Na wɔmfa nte anyansasɛm ase;

 3 Na wɔmfa nnya nteɛso+ a ɛma nhumu,

Na wɔmfa nyɛ adetrenee,+ mmu atɛn pa,*+ na wɔnyɛ nea ɛteɛ;*

 4 Na nea onni suahu mfa nsua nyansa,+

Na ɛmma aberante* nnya nimdeɛ, na ɔmfa adwene.+

 5 Onyansafo tie, na osua nneɛma pii;+

Onipa a ɔwɔ ntease* benya akwankyerɛ pa,+

 6 Na ama wate ɛbɛ ne kasakoa ase,

Na wate anyansafo nsɛm ne akasabebu* ase.+

 7 Yehowa suro, ɛno ne nimdeɛ mfiase.+

Nkwaseafo nko ara na wɔmfa nyansa ne nteɛso nyɛ hwee.+

 8 Me ba, tie wo papa nteɛso,+

Na mpo wo maame akwankyerɛ.*+

 9 Ɛte sɛ nhwiren abotiri fɛfɛɛfɛ a ɛbɔ wo ti,+

Ne kɔnmuade a ɛyɛ fɛ wɔ wo kɔn mu.+

10 Me ba, sɛ abɔnefo pɛ sɛ wɔdaadaa wo a, mpene.+

11 Wɔbɛka sɛ: “Bra ma yɛnkɔ.

Ma yenkohintaw na yenhwie mogya ngu.

Yɛbɛtetɛw wɔn a wɔnyɛɛ hwee no, na yɛadi wɔn bɔne kwa.

12 Yɛbɛmemene wɔn anikan sɛnea Ɔdamoa* yɛ no,

Yɛbɛmene wɔn koraa te sɛ nea wɔrekɔ amoa mu.

13 Ma yennye wɔn agyapade a ɛsom bo nyinaa;

Yɛde nneɛma a yebenya no* bɛhyɛ yɛn afi ma.

14 Bra bɛka yɛn ho,*

Na yɛbɛkyɛ nea yɛawia no pɛpɛɛpɛ.”*

15 Me ba, nni wɔn akyi.

Hwɛ yiye na wo nan ankɔfa wɔn kwan so,+

16 Efisɛ wɔn nan tu mmirika kodi bɔne;

Wɔde ahoɔhare kɔka mogya gu.+

17 Sɛ wode atena sum anomaa afiri ma ohu a, ɛyɛ kwa.

18 Ɛno nti na wohintaw hwie mogya gu no;

Wɔtetɛw gye nkurɔfo nkwa* fi wɔn nsam.

19 Saa ara na wɔn a wɔpɛ mfaso bɔne no akwan te,

Ɛno ara na ɛbɛma wɔn nkwa* afi wɔn nsa.+

20 Nyansa*+ teɛm wɔ mmorɔn so.+

Ɛma ne nne so daa wɔ mmɔnten so.+

21 Ɛteɛm wɔ abɔnten kɛse so.

Ɛka ne nsɛm wɔ kurow apon ano sɛ:+

22 “Agyimifo, mobɛpɛ agyimisɛm akosi da bɛn?

Na mo, fɛwdifo, mo ani begye fɛwdi ho akosi da bɛn?

Na mo, nkwaseafo, mubekyi nimdeɛ akosi da bɛn?+

23 Sɛ mekasa kyerɛ mo a, muntie na monsesa mo akwan.+

Moyɛ saa a, mehwie me honhom ama mo,

Na mama moahu me nsɛm.+

24 Mefrɛe, na moantie,

Meteɛɛ me nsa, na obiara ammua.+

25 Moamfa m’afotu biara anyɛ hwee,

Na bere a mekasa kyerɛɛ mo no, moantie.

26 Ɛno nti me nso, sɛ muhu amane a mɛserew mo,

Na nea musuro ba mo so a, medi mo ho fɛw,+

27 Sɛ nea musuro ba mo so sɛ ahum,

Na mo amanehunu ba sɛ mframa a ano yɛ den,

Na ɔhaw ne abɛbrɛsɛ ba mo so a, medi mo ho fɛw.

28 Saa bere no wɔbɛkɔ so afrɛ me, nanso merennye so;

Wɔbɛhwehwɛ me denneennen, nanso wɔrenhu me,+

29 Efisɛ wokyii nimdeɛ,+

Na wɔampɛ sɛ wosuro Yehowa.+

30 Wɔantie m’afotu,

Na me kasakyerɛ nso, wɔamfa emu biara anyɛ hwee.

31 Enti wobetwa wɔn nneyɛe so aba,*+

Na wɔn ara agyinatu* bɛfono wɔn.

32 Na agyimifo atuatew bekum wɔn,

Na nkwaseafo akokoduru bɔne bɛsɛe wɔn.

33 Nea otie me no de, ɔbɛtena hɔ komm,+

Na ne ho adwo no a onsuro mmusu.”+

2 Me ba, sɛ wugye me nsɛm tom,

Na wode m’ahyɛde sie,+

 2 Na woyɛ aso tie nyansa,+

Na wubue wo komam ma nhumu;+

 3 Afei nso, sɛ woteɛm frɛ ntease,+

Na woma wo nne so frɛ nhumu;+

 4 Sɛ wokɔ so hwehwɛ no sɛ dwetɛ,+

Na wokɔ so hwehwɛ no sɛ biribi a ɛsom bo a wɔde asie a,+

 5 Ɛbɛma woate Yehowa suro ase,+

Na woanya Onyankopɔn ho nimdeɛ.+

 6 Efisɛ Yehowa ankasa na ɔma nyansa,+

Na n’anom na nimdeɛ ne nhumu fi ba.

 7 Ɔkora nyansa so ma atreneefo,

Na ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔn abrabɔ di mu.+

 8 N’ani wɔ atɛntrenee akwan so,

Na ɔbɛwɛn n’anokwafo kwan.+

 9 Ɛno bɛma woate trenee ne atɛn turodoo ne adetrenee ase,

Na woate papayɛ akwan nyinaa ase.+

10 Sɛ nyansa ba wo koma mu,+

Na wo kra* ani gye nimdeɛ ho a,+

11 Nyansa bɛhwɛ wo so,+

Na nhumu abɔ wo ho ban,

12 Na ebegye wo afi ɔkwammɔne so,

Na ayi wo afi ɔbarima kontomponi nsam,+

13 Ebegye wo afi wɔn a wɔman fi trenee akwan so

Kɔnantew sum akwan so+ no nsam,

14 Ebegye wo afi wɔn a wɔn ani gye bɔne ho no nsam,

Wɔn a wodi bɔne a ɛyɛ asefem ho ahurusi,

15 Wɔn a wɔn akwan akyea,

Na wɔn akwan nyinaa yɛ nnaadaa no.

16 Ebegye wo afi ɔbea a waman* nsam,

Na ayi wo afi ɔbea a ne bra asɛe* a n’ano yɛ dɛ* nsam;+

17 Ɔno na wagyaw ne mmabaabere mu yɔnko berɛbo* hɔ,+

Na ne werɛ afi ne Nyankopɔn apam;

18 Ne fi sian kɔ owu mu,

Na n’akwan* kɔ awufo mu, wɔn a wontumi nyɛ hwee no.+

19 Obiara a ɔkɔ ne ho rensan mma,

Na ɔrensi nkwa akwan so bio.+

20 Enti nantew apapafo kwan so,

Na kɔ so fa atreneefo akwan so.+

21 Na atreneefo nko ara na wɔbɛtena asaase so,

Na wɔn a asɛm nni wɔn ho* na wɔbɛka so.+

22 Abɔnefo de, wobetwa wɔn afi asaase so,+

Na wobeyi nkontompofo afi so.+

3 Me ba, mma wo werɛ mmfi me nkyerɛkyerɛ,*

Na ma wo koma nni m’ahyɛde so,

 2 Efisɛ ɛde nna pii,

Ne nkwa tenten* ne asomdwoe bɛka wo ho.+

 3 Mma ɔdɔ a enni huammɔ ne nokwaredi* nnkɔ nnnyaw wo.+

Fa kyekyere wo kɔn,

Na kyerɛw gu wo koma pon so;+

 4 Ɛba saa a, wubenya adom ne ntease a edi mu

Wɔ Onyankopɔn ne onipa ani so.+

 5 Fa wo koma nyinaa to Yehowa so,+

Na mfa wo ho nto* w’ankasa wo ntease so.+

 6 Hu no w’akwan nyinaa mu,+

Na ɔbɛma w’akwan ateɛ.+

 7 Nyɛ w’ani so onyansafo.+

Suro Yehowa na twe wo ho fi bɔne ho.

 8 Ɛbɛyɛ ayaresa ama wo nipadua*

Ne ahotɔ ama wo nnompe.

 9 Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam,+

Wo nnɔbae* nyinaa mu aba a edi kan.*+

10 Woyɛ saa a, w’adekora adan bɛyɛ ma tɔ,+

Na bobesa foforo abu so wɔ amoa a wukyĩ nsã wom no mu.

11 Me ba, mpo Yehowa nteɛso,+

Na ne kasakyerɛ nso, nkyi,+

12 Efisɛ nea Yehowa dɔ no na ɔkasa kyerɛ no,+

Sɛnea agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm no.+

13 Anigye ne onipa a ohu nyansa,+

Ne onipa a onya nhumu;

14 Eye sɛ wubenya ɛno sen sɛ wubenya dwetɛ;

Sɛ wunya ɛno sɛ mfaso a, eye sen sɛ wubenya sika kɔkɔɔ.+

15 Ɛsom bo sen ɛpo mu abohene,*

Na ade a w’ani gye ho biara ne no nsɛ.

16 Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu,

Na ahonya ne anuonyam wɔ ne nsa benkum mu.

17 N’akwan yɛ fɛ,

Na n’anammɔnkwan nyinaa yɛ asomdwoe.+

18 Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso mu no,

Na wɔn a wokura mu denneennen no, wɔbɛfrɛ wɔn anigye.+

19 Yehowa de nyansa na ɛtoo asaase fapem.+

Nhumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.+

20 Ɔde ne nimdeɛ na ɛpaee subun mu,

Ɛno na ɔde maa ɔsoro mununkum sosɔɔ obosu.+

21 Me ba, mma wo werɛ mmfi.*

Bɔ nyansa ne adwempa ho ban;

22 Ɛbɛyɛ nkwa ama wo,*

Na ama wo kɔn mu ayɛ fɛ.

23 Woyɛ saa a, wobɛnantew wo kwan so dwoodwoo,

Na wo nan rempem biribiara* da.+

24 Sɛ wokɔda a, woremmɔ hu;+

Wobɛda, na wo nna ayɛ wo dɛ.+

25 Worensuro ade a ɛyɛ hu a ɛbɛba mpofirim biara,+

Na worensuro ahum a ɛreba abɔnefo so no.+

26 Efisɛ Yehowa bɛyɛ w’ahotoso,+

Na ɔremma afiri nyi wo nan.+

27 Wɔn a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔn papa no, mfa nkame wɔn,+

Bere a wowɔ tumi* a wode bɛboa no.+

28 Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ, “Kɔ; akyiri yi na woaba! Ɔkyena mede bɛma wo,”

Bere a wubetumi de ama no seesei ara.

29 Mmɔ wo yɔnko ho pɔw bɔne biara,+

Bere a ɔne wo te asomdwoe mu.

30 Wo ne obi nnham ɔhamhunu,+

Bere a ɔnyɛɛ wo bɔne biara.+

31 Mma w’ani mmmere owudifo,+

Na mfa n’akwan biara so.

32 Yehowa kyi okontomponi,+

Na atreneefo na wɔyɛ ne nnamfo paa.+

33 Yehowa nnome wɔ abɔnefo fi so,+

Na atreneefo fi de, ne nhyira wɔ so.+

34 Wɔn a wodi fɛw no, obedi wɔn ho fɛw,+

Na ahobrɛasefo de, ɔbɛdom wɔn.+

35 Anyansafo benya anuonyam,

Na nkwaseafo de, animguase na wɔn ani gye ho.+

4 Me mma, muntie agya nteɛso;+

Monyɛ aso na ama moanya ntease.

 2 Na mɛma mo akwankyerɛ pa;

Mommpo me nkyerɛkyerɛ.*+

 3 Meyɛɛ ɔba pa maa me papa,+

Na meyɛɛ me maame dɔba.+

 4 Ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔkae sɛ: “Fa wo koma so me nsɛm mu den.+

Di me mmara nsɛm so na nyin kyɛ.+

 5 Hwehwɛ nyansa; hwehwɛ ntease.+

Mma wo werɛ mmfi, na ntwe wo ho mfi m’anom asɛm ho.

 6 Ntow nyansa nkyene, na ɛbɛbɔ wo ho ban.

Dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.

 7 Nyansa ne ade a ehia paa,*+ enti hwehwɛ nyansa,

Na nea wubenya biara, hwehwɛ ntease ka ho.+

 8 Bu nyansa paa, na ɛbɛma wo so.+

Yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam.+

 9 Ɛde nhwiren abotiri fɛfɛɛfɛ bɛbɔ wo ti;

Ɛbɛyɛ ahenkyɛw fɛfɛɛfɛ wɔ wo ti so.”

10 Me ba, tie, na gye me nsɛm tom,

Na ɛbɛma woanya nkwa tenten.*+

11 Mɛkyerɛkyerɛ wo ama woafa nyansa kwan so;+

Mede wo bɛfa trenee akwan so.+

12 Sɛ wonantew a, biribiara rensiw w’anammɔn kwan;

Na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.

13 So nteɛso mu; nnyaa mu.+

Bɔ ho ban, efisɛ ebegye wo nkwa.+

14 Mfa abɔnefo kwan so,

Na nnantew amumɔyɛfo kwan so.+

15 Twe wo ho fi ho; nkɔfa so;+

Dan wo ho fi ho, na twam kɔ.+

16 Wontumi nna, gye sɛ wɔadi bɔne;

Wɔnna, gye sɛ wɔama obi ahwe ase.

17 Abɔnefosɛm na ɛyɛ wɔn aduan,

Na amumɔyɛ nsã* na wɔnom.

18 Na atreneefo kwan te sɛ anɔpa hann

A ɛhyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee.+

19 Abɔnefo kwan te sɛ esum;

Wonnim nea ɛma wohintiw.

20 Me ba, tie m’asɛm;

Yɛ aso tie m’anom nsɛm.

21 Mma wo werɛ mmfi;

Fa sie wo koma mu tɔnn.+

22 Ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu,+

Na ɛyɛ apɔwmuden ma wɔn nipadua nyinaa.*

23 Bɔ wo koma ho ban sen nea wobɔ ho ban nyinaa,+

Efisɛ emu na nkwa nsuti wɔ.

24 Yi nsɛm a akyinkyim* fi w’anom,+

Na yi nkontomposɛm fi wo ho kɔ akyirikyiri.

25 Ma w’ani nhwɛ tẽẽ,

Yiw, gyen w’ani hwɛ w’anim tẽẽ.+

26 Ma w’anammɔn kwan nyɛ toromtorom,*+

Na w’akwan nyinaa besi pi.

27 Mman nkɔ nifa anaa benkum.+

Twe wo nan fi bɔne ho.

5 Me ba, tie me nyansa.

Na yɛ aso tie me nhumu,+

 2 Na ama woahwɛ w’adwempa so;

Na wode w’ano abɔ nimdeɛ ho ban.+

 3 Ɔbea a waman* ano sosɔ sɛ ɛwokyɛm,+

Na n’ano yɛ dɛ sen ngo.*+

 4 Nanso akyiri yi ɔyɛ nwene te sɛ awɔnwene,+

Na ɔyɛ nnam te sɛ sekan anofanu.+

 5 Ne nan sian kɔ owu mu.

N’anammɔn kɔ Ɔdamoa* mu tẽẽ.

 6 Onnwen nkwa kwan ho.

N’akwan manman, na onnim baabi a ɔrekɔ.

 7 Afei me mma, muntie me,

Na monnnan mmfi nea mereka yi ho.

 8 Twe wo ho fi ne ho koraa;

Mmɛn ne fi kwan ano,+

 9 Na woamfa w’anuonyam amma ebinom,+

Na woantwa so aba yayaayaw mfe pii;+

10 Na ahɔho anni w’agyapade,*+

Na nea wobrɛ pɛe no ankodi obi foforo fi,

11 Anyɛ saa a, wode wo nsa begu wo ti asu, bere a wo nkwa reba awiei,

Bere a wo honam ne wo nipadua asɛe awie no.+

12 Na wobɛka sɛ: “Ao, hwɛ sɛnea metan nteɛso!

Hwɛ sɛnea me koma amfa ɔkasakyerɛ anyɛ hwee!

13 Mantie m’afotufo nne,

Na manyɛ aso antie m’akyerɛkyerɛfo.

14 Aka kakraa bi na masɛe koraa

Wɔ asafo no nyinaa mu.”*+

15 Nom wo ara w’abura mu nsu,

Ne nsu a wo ara woatu.+

16 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma nsu a woatu bɔ pete abɔnten,

Na w’asuten sen fa mmorɔn so?+

17 Ma ɛnyɛ wo nko ara dea,

Na mma ɛnnyɛ wo ne ahɔho dea.+

18 Ma nsu a wo ara woatu* nyɛ nhyira,

Na wo ne ɔbea a wowaree no wo mmeranteberem no ani nnye;+

19 Ɔyɛ ɔdɔ wansan* ne bepɔw so apɔnkye a oyi akyẽa.+

Ma ne nufu nsɔ w’ani* daa.

Tɔ ne dɔ mu ntintan daa nyinaa.+

20 Enti me ba, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wotɔ ɔbea a waman* dɔ mu,

Na wofam ɔbea a ne bra asɛe?*+

21 Onipa akwan da Yehowa anim,

Na ɔhwehwɛ n’akwan nyinaa mu.+

22 Ɔbɔnefo de, ɔno ara n’amumɔyɛ na ebesum no afiri,

Na n’ankasa bɔne nhama na ɛbɛkyekyere no.+

23 Obewu, efisɛ wannye nteɛso antom,

Na ne nkwaseasɛm bebrebe nti, ɔbɛyera.

6 Me ba, sɛ woadi wo yɔnko anim* ama wakogye bosea,+

Sɛ woakyia ɔhɔho nsam,*+

 2 Sɛ woahyɛ bɔ ama asum wo afiri,

Na sɛ woaka asɛm ama akyerekyere wo* a,+

 3 Me ba, yɛ eyi fa tetew wo ho,

Efisɛ woatɔ wo yɔnko nsam:

Kɔ, na kɔbrɛ wo ho ase; yɛ ntɛm kɔsrɛ wo yɔnko no.+

 4 Mma w’ani nnkum,

Na mma nna mmma w’ani so.

 5 Gye wo ho sɛnea ɔtwe gye ne ho fi ɔbɔmmɔfo nsam,

Na anomaa gye ne ho fi anomaayifo nsam no.

 6 Ɔkwadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn;+

Hwɛ n’akwan, na hu nyansa.

 7 Onni otitiriw, ɔpanyin, anaa ɔhene,

 8 Nanso ɔhwehwɛ n’aduan wɔ ahohuru bere mu,+

Na ɔboaboa n’aduan ano wɔ twabere mu.

 9 Ɔkwadwofo, wobɛda akosi da bɛn?

Bere bɛn na wobɛsɔre afi wo nna mu?

10 Mereda kakra, meretɔ nko kakra,

Merebobɔw me nsa ahome kakra;+

11 Wode saa ara na wo hia aba sɛ ɔkorɔmfo,

Na w’ahokyere aba sɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo.+

12 Onipahunu ne onipabɔnefo nenam keka atosɛm;*+

13 Obu n’ani,+ ɔde ne nan kasa, na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ nneɛma.

14 Ɔde nkontompo koma

Bɔ pɔw bɔne daa,+ na ɔsɛe nkurɔfo ntam.+

15 Ɛno nti, n’amanehunu bɛba mpofirim;

Wobebubu no prɛko pɛ,

na ɔrennya ayaresa da.+

16 Nneɛma asia na Yehowa kyi;

Yiw, nneɛma ason na ɛyɛ no* tan:

17 Ani a ɛtra ntɔn,+ tɛkrɛma a edi atoro,+ ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu,+

18 Koma a ɛbɔ pɔw bɔne,+ ne nan a etu mmirika kɔ bɔne mu,

19 Ɔdansekurumfo a otwa nkontompo daa,+

Ne obiara a ɔsɛe anuanom ntam.+

20 Me ba, di wo papa mmara nsɛm so,

Na mpo wo maame akwankyerɛ.*+

21 Fa kyekyere wo koma ho daa;

Fa bobare wo kɔn.

22 Sɛ wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan;

Sɛ woda a, ɛbɛhwɛ wo so;

Sɛ wunyan a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.*

23 Efisɛ mmara nsɛm no yɛ kanea,+

Na mmara no yɛ hann,+

Na nteɛso a animka de ba no yɛ nkwa kwan.+

24 Ɛbɛbɔ wo ho ban afi ɔbea bɔne ho,+

Na abɔ wo ho ban afi ɔbea a ne bra asɛe* nnaadaasɛm ho.+

25 Mma wo kɔn nnnɔ no wo koma mu, n’ahoɔfɛ nti,+

Na mma n’ani adabadabaa no nntwetwe wo,

26 Efisɛ tuutuuni nti, ɔbarima bedi paanoo sin;+

Na ɔbarima foforo yere de, ɔsɛe nkwa* a ne bo yɛ den.

27 Obi betumi de ogya ahyɛ ne kokom a ne ntaade renhyew anaa?+

28 Anaa obi betumi anantew ogyasramma so a ɛrenhyew ne nan?

29 Saa ara na obiara a ɔne ne yɔnko yere da te;

Obiara nni hɔ a ɔde ne ho ka no a, ɔbɛfa ne ho adi.+

30 Sɛ ɔkɔm de ɔkorɔmfo, na owia ade sɛ ɔde rekum ne kɔm* a,

Nnipa remmu no animtiaa.

31 Nanso sɛ wɔkyere no a, ɔbɛbɔ ho mpɛn ason;

Ɔde ne fi agyapade nyinaa betua ka.+

32 Obiara a ɔne ɔbea sɛe aware no nnim nyansa;*

Nea ɔyɛ saa no, ɔsɛe ɔno ara ne ho.*+

33 Ade a obenya ara ne akuru ne animguase,+

Na n’aniwu rempopa da.+

34 Efisɛ ninkuntwe ma okunu bo fuw denneennen,

Na sɛ ɔretua so ka a, ɔrenhu mmɔbɔ.+

35 Biribiara nni hɔ a ebetumi apata no,*

Na woma no akyɛde kɛse sɛ dɛn mpo a, ɛrentumi nnwudwo ne bo.

7 Me ba, di m’anom asɛm so,

Na fa me mmara nsɛm sie.+

 2 Di me mmara nsɛm so na nya nkwa;+

Bɔ m’akwankyerɛ* ho ban te sɛ w’ani kosua.

 3 Fa kyekyere wo nsateaa,

Na kyerɛw wɔ wo koma pon so.+

 4 Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Me nuabea ne wo,”

Na frɛ ntease sɛ, “me busuani.”

 5 Ɛbɛbɔ wo ho ban afi ɔbea a waman* ho,+

Na abɔ wo ho ban afi ɔbea a ne bra asɛe* a n’ano yɛ dɛ* ho.+

 6 Mehwɛɛ me fi mfɛnsere mu,

Me fi nkantankantan mu, mehwɛɛ fam;

 7 Mehwɛɛ agyimifo,

Na mihuu aberante bi a onnim nyansa* wɔ mmabun no mu.+

 8 Ɔkɔfaa baabi a ɛbɛn ɔbea no nkwanta so,

Na ɔfaa ɔbea no fi kwan so,

 9 Anwummere a anim rebiribiri,+

Bere a ade resa na esum reba no.

10 Ɛnna mihui sɛ ɔbea bi rehyia no.

Wasiesie ne ho te sɛ tuutuuni,*+ na ɔwɔ nnaadaa koma.

11 Ɔyɛ peterepetere, na wasorow.+

Ɔntena* fie.

12 Wobɛhwɛ na ɔnam abɔnten, wobɛhwɛ na ogyina gua so,

Ɔtetɛw mmantwea baabiara.+

13 Ɔyeree aberante no, na ofew n’ano;

Watõtõ n’ani awe, enti ɔka kyerɛɛ aberante no sɛ:

14 “Mabɔ asomdwoe afɔre.+

Ɛnnɛ matua me bɔhyɛ ade.

15 Ɛno nti na mapue abehyia wo yi.

Mebae sɛ merebɛhwehwɛ wo, ɛnna mahu wo yi!

16 Mede mpa-so-tam kamakama asɛw me mpa so,

Egypt ntama a ɛyɛ fɛ.+

17 Mede kurobow ne pɛprɛ ne sinamon apetepete me mpa so.+

18 Bra, ma yenni ɔdɔ nkosi anɔpa;

Ma yɛmfa ɔdɔ nsɛpɛw yɛn ho.

19 Efisɛ me kunu nni fie;

Watu kwan kɔ akyirikyiri.

20 Wafa sika kotoku akura.

Ɔremma kosi da a ɔsram bɛyɛ kurukuruwa.”

21 Ɔde n’adɔkɔdɔkɔsɛm bebree no daadaa aberante no.+

Ɔde n’ano dɛdɛɛdɛ no nyaa no.

22 Otu dii n’akyi prɛko pɛ te sɛ nantwi a wɔrekokum no,

Te sɛ ɔkwasea a wɔde no rekɔbɔ dua mu* atwe n’aso,+

23 Kosii sɛ agyan wɔɔ ne mmerɛbo mu;

Sɛnea anomaa tu mmirika kɔtɔ afiri mu no, onnim sɛ ne nkwa* na ɔde reto asiane mu.+

24 Enti afei me mma, muntie me;

Monyɛ aso ntie m’anom nsɛm.

25 Mma wo koma mmman nnkɔfa n’akwan so.

Mfom nkɔfa n’anammɔnkwan so.+

26 Efisɛ wama wɔakunkum nnipa pii,+

Na wɔn a wadi wɔn awu no dɔɔso.+

27 Ne fi kɔ Ɔdamoa* mu;

Esian kɔ owu mpia mu.

8 Ɛnyɛ nyansa na ɛreteɛm yi?

Na ɛnyɛ nhumu na ama ne nne so yi?+

 2 Egyina baabi a ɛwɔ soro+ wɔ kwan ho,

Wɔ nkwanta so.

 3 Egyina kurow apon ano,

Wɔ abobow ano,

Ɛkɔ so teɛm denneennen sɛ:+

 4 “Mo, nnipa, mo na merefrɛ mo;

Mema me nne so frɛ obiara.*

 5 Mo, agyimifo, momma mo ani ntew;+

Mo, nkwaseafo, munnya ntease koma.

 6 Muntie, efisɛ nea mereka no ho hia,

Na m’ano ka nea ɛteɛ.

 7 Efisɛ m’ano ka nokware; ɛka no brɛoo,

Na m’ano kyi abɔnefosɛm.

 8 M’anom nsɛm nyinaa yɛ trenee.

Nkontomposɛm ne nsɛm a akyinkyim biara nni mu.

 9 Ne nyinaa teɛ* ma wɔn a wɔwɔ nhumu,

Na eye ma wɔn a wɔanya nimdeɛ.

10 Momfa me nteɛso, na ɛnyɛ dwetɛ,

Na momfa nimdeɛ, na ɛnyɛ sika kɔkɔɔ amapa,+

11 Efisɛ nyansa ye sen ɛpo mu abohene,*

Na ade a ɛsom bo biara ne no nsɛ.

12 Me, nyansa, me ne anitew na ɛte;

Manya nimdeɛ ne adwempa.+

13 Nea Yehowa suro kyerɛ ne sɛ wobɛtan bɔne.+

Mikyi ahomaso+ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne nkontomposɛm.+

14 Mewɔ afotu pa ne nyansa;*+

Ntease+ ne tumi+ yɛ me dea.

15 Me na ahemfo nam me so di tumi,

Na atumfo nam me so hyɛ adetrenee ho mmara.+

16 Me na adehye nam me so di tumi,

Na atitiriw nam me so bu atɛn wɔ trenee mu.

17 Medɔ wɔn a wɔdɔ me,

Na wɔn a wɔhwehwɛ me no behu me.+

18 Mewɔ ahonyade ne anuonyam,

Ahode* a ɛwɔ hɔ daa ne trenee.

19 M’aba ye sen sika kɔkɔɔ, ɛsen sika kɔkɔɔ a wɔayiyi mu fĩ mpo,

Na nea mede ma no, ɛsen dwetɛ amapa.+

20 Menantew trenee kwan so,

Atɛntrenee anammɔnkwan mfinimfini;

21 Mede agyapade a ɛsom bo ma wɔn a wɔdɔ me,

Na mede nneɛma hyɛ wɔn adekoradan ma.

22 Yehowa bɔɔ me de fii ne kwan* ase,+

Ne nnwuma a efi teteete no mu nea edi kan.+

23 Ɔde me sii hɔ fii teteete,+

Mfiase pɛɛ, ansa koraa na asaase reba.+

24 Bere a subun biara nni hɔ no,+ na wɔawo me,*

Bere a nsuti biara nni hɔ a nsu pii tene fi mu no.

25 Ansa na wɔde mmepɔw resisi hɔ,

Na nkoko nnya mmae no, na wɔawo me,

26 Bere a onnya nyɛɛ asaase ne kwae a ɛwɔ so,

Na omfii ase nyɛɛ asaase so dɔte no.

27 Bere a osiesiee ɔsoro no,+ na mewɔ hɔ;

Bere a otwaa nsu ani kanko,*+

28 Bere a ɔde mununkum sensɛn ɔsoro,*

Na ɔyɛɛ subun no asuti,

29 Bere a ɔhyɛɛ mmara maa ɛpo

Sɛ ɛnsɛ sɛ emu nsu bu ne mmara so,+

Bere a ɔtoo asaase fapem no,*

30 Ná mewɔ ne nkyɛn sɛ odwumayɛni a onim adwuma paa.+

Me na na ɔpɛ m’asɛm yiye+ daa nyinaa;

M’ani gyee n’anim daa.+

31 M’ani gyee n’asaase a ɔyɛe sɛ nnipa ntena so no ho,

Na nnipa mma* na na wɔda me koma so.

32 Enti afei me mma, muntie me;

Yiw, anigye ne wɔn a wɔfa m’akwan so.

33 Tie nteɛso+ na hu nyansa,

Na mmu w’ani ngu so da.

34 Anigye ne onipa a otie me:

Daa nyinaa, ɔba m’abobow ano anɔpatutuutu,

Ɔtwɛn wɔ me pon ano;*

35 Efisɛ nea ohu me no benya nkwa,+

Na Yehowa begye no atom.

36 Nanso nea obu n’ani gu me so no, opira ne ho,*

Na wɔn a wɔtan me no dɔ owu.”+

9 Nyansa* asi ne fi;

Wasen n’adum ason.

 2 Wayɛ ne nam ho adwuma nyinaa awie;*

Wafra ne nsã;*

Afei nso, wahyehyɛ ne pon no so awie.

 3 Wasoma ne mmaawa sɛ

Wonkogyina baabi a ɛwɔ soro wɔ kurow no mu, na wɔnteɛm sɛ:+

 4 “Nea wagyimi biara, ma ɔmmra ha.”

Ɔka kyerɛ nea onnim nyansa* sɛ:

 5 “Mommra, mummedi m’aduan,

Na monnom nsã* a mafra no bi.

 6 Munnyae mo agyimisɛm* no, na munnya nkwa;+

Monnantew ntease kwan no so nkɔ mo anim.”+

 7 Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no, ɔfrɛfrɛ animguase,+

Na obiara a ɔkasa kyerɛ ɔbɔnefo no, obepira.

 8 Nkasa nkyerɛ ɔfɛwdifo,

na ɔbɛtan wo.+

Kasa kyerɛ onyansafo,

na ɔbɛdɔ wo.+

 9 Tu onyansafo fo, na ne nyansa bɛdɔɔso.+

Kyerɛkyerɛ ɔtreneeni,

na obesua ade pii.

10 Yehowa suro ne nyansa mfiase,+

Na Ɔkronkronni+ no ho nimdeɛ ne ntease.

11 Me na mɛma wo nna ayɛ bebree,+

Na mfe a wode bɛtena nkwa mu no adɔɔso.

12 Sɛ wuhu nyansa a, wo ara na nyansa no bɛboa wo,

Na sɛ wudi fɛw a, wo nko ara na wobɛsoa.

13 Ɔbea kwasea kasa dodo.*+

Ne ti awu;* onnim hwee.

14 Ɔte ne fi kwan ano,

Ɔte akongua so wɔ baabi a ɛwɔ soro wɔ kurow no mu,+

15 Ɔteɛm frɛ wɔn a wɔretwam,

Wɔn a wɔnam wɔn kwan so tẽẽ no sɛ:

16 “Nea wagyimi biara, ma ɔmmra ha.”

Ɔka kyerɛ wɔn a wonnim nyansa* sɛ:+

17 “Nsu a wɔawia yɛ dɛ,

Na aduan a wodi no ahintawee mu yɛ dɛ.”+

18 Nanso wonnim sɛ awufo wɔ hɔ, wɔn a wontumi nyɛ hwee no,

Na Ɔdamoa* mu tɔnn na wɔn a wɔkɔ ne nkyɛn no wɔ.+

10 Solomon mmebusɛm.+

Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+

Na ɔba kwasea de, ɔma ne maame di awerɛhow.

 2 Agyapade a wɔnam ɔkwammɔne so nya no, mfaso biara remma so,

Na trenee na egye onipa fi owu mu.+

 3 Yehowa remma ɔkɔm nne ɔtreneeni,*+

Na ɔbɔnefo de, nea ne kɔn dɔ no, ɔremma ne nsa nka.

 4 Nsa a ɛnyɛ adwuma de ohia ba,+

Na mmɔdenbɔfo* nsa de, ahonyade na ɛde ba.+

 5 Ɔba a ɔwɔ nhumu boaboa nnɔbae ano ahohuru bere,

Na ɔba a ne ho yɛ aniwu de, ɔda hatee twabere.+

 6 Nhyira wɔ ɔtreneeni apampam,+

Na abɔnefo ano de, ɛkata awudisɛm so.

 7 Nea wɔde kae ɔtreneeni* bɛyɛ nhyira,+

Na abɔnefo din de, ɛbɛporɔw.+

 8 Koma mu nyansafo begye akwankyerɛ* atom,+

Na nea ɔka nkwaseasɛm de, wobetiatia no so.+

 9 Nea n’abrabɔ di mu no bɛnantew dwoodwoo,+

Na nea ɔkyeakyea n’akwan de, wobehu no.+

10 Nea obubu n’ani de daadaa nkurɔfo no ma wodi yaw,+

Na nea ɔka nkwaseasɛm no, wobetiatia no so.+

11 Ɔtreneeni ano yɛ nkwa asuti,+

Na abɔnefo ano de, ɛkata awudisɛm so.+

12 Ɔtan na ɛsɛe nnipa ntam,

Na ɔdɔ de, ɛkata bɔne nyinaa so.+

13 Nyansa wɔ onipa a ɔwɔ nhumu ano,+

Na abaa wɔ hɔ ma nea onnim nyansa* akyi.+

14 Nimdeɛ som bo ma anyansafo,+

Na ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe.+

15 Osikani ahonyade ne ne kurow a wabɔ ho ban,

Na ahiafo de, wɔn hia na ɛsɛe wɔn.+

16 Ɔtreneeni nnwuma kowie nkwa mu;

Na aba a ɔbɔnefo twa kowie bɔne mu.+

17 Nea otie nteɛso no ma nkurɔfo hu nkwa kwan,*

Na nea ontie ɔkasakyerɛ no ma nnipa fom kwan.

18 Nea ɔkata ne tan so no twa nkontompo,+

Na nea ɔnenam sɛe nkurɔfo din* no yɛ ɔkwasea.

19 Mfomso mpa kasa dodow mu,+

Na nea ɔhwɛ n’ano yiye no yɛ onyansafo.*+

20 Ɔtreneeni tɛkrɛma te sɛ dwetɛ amapa,+

Na ɔbɔnefo koma de, mfaso nni so.

21 Ɔtreneeni ano ma nnipa pii akwankyerɛ,*+

Na nkwaseafo de, nyansa a wonni nti, wowuwu.+

22 Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo,+

Na Ɔmfa yaw* biara nka ho.

23 Ɔkwasea reyɛ aniwude a, ɛyɛ no sɛ ɔredi agoru,

Na nyansa yɛ onipa a ɔwɔ nhumu dea.+

24 Ade a ɔbɔnefo suro no, ɛbɛba ne so;

Na atreneefo nsa bɛka nea wɔpɛ.+

25 Sɛ mframa a ano yɛ den bɛsen twam a, abɔnefo befi hɔ,+

Na ɔtreneeni de, otim hɔ daa.+

26 Sɛnea nsã a emu kaw yɛ ɛse, na wusiw yɛ ani no,

Saa ara na ɔkwadwofo yɛ nea ɔsoma no no.*

27 Yehowa suro ma nkwa tenten,+

Na abɔnefo mfe de, wobetwa so.+

28 Nea atreneefo hwɛ kwan* de anigye bɛba,+

Na abɔnefo anidaso de, ɛbɛyera.+

29 Yehowa kwan yɛ abannennen ma nea ne ho nni asɛm,+

Na abɔnefo de, ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn.+

30 Wɔremma ɔtreneeni nhwe ase da;+

Na abɔnefo de, wɔrentena asaase so bio.+

31 Ɔtreneeni ano sow nyansa aba,

Na nkontompofo tɛkrɛma de, wobetwa afi hɔ.

32 Ɔtreneeni ano nim nea ɛsɔ ani,

Na abɔnefo ano de, ɛyɛ nkontompo.

11 Nsisi* nsenia* yɛ Yehowa akyiwade,

Na trenee nkaribo* na n’ani gye ho.+

 2 Sɛ ahantan ba a, animguase bedi akyi aba,+

Na nyansa ne ahobrɛasefo na ɛte.+

 3 Atreneefo de, wɔn abrabɔ a edi mu na ɛkyerɛ wɔn kwan,+

Na nkontompofo nnaadaasɛm na ɛbɛsɛe wɔn.+

 4 Ahonyade so remma mfaso abufuw da no,+

Na trenee na ebegye onipa afi owu mu.+

 5 Onipa a ne ho nni asɛm no, ne trenee ma ne kwan teɛ,

Na ɔbɔnefo de, ɔno ara n’amumɔyɛ nti ɔbɛhwe ase.+

 6 Atreneefo trenee begye wɔn,+

Na nnaadaafo de, wɔn ankasa akɔnnɔde na ɛbɛkyere wɔn.+

 7 Sɛ ɔbɔnefo wu a, n’anidaso yera;

Na anidaso a egyina n’ahoɔden so no nso yera.+

 8 Wogye ɔtreneeni fi amanehunu mu,

Na ɔbɔnefo si n’anan.+

 9 Ɔwaefo* de n’ano sɛe ne yɔnko,

Na nimdeɛ na wɔde gye ɔtreneeni.+

10 Atreneefo papayɛ ma kurow di ahurusi,

Na abɔnefo yera a, anigye ba.+

11 Atreneefo nhyira ma kurow nya anuonyam,+

Na abɔnefo ano de, ɛbɔ kurow.+

12 Obiara a onnim nyansa* no, obu ne yɔnko animtiaa,*

Na onipa a ne nhumu dɔɔso de, ɔka n’ano tom.+

13 Nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ɔnenam na ɔreyi kokoam nsɛm* adi,+

Na nea ɔyɛ ɔnokwafo* de, ɔkata asɛm so.

14 Sɛ akwankyerɛ pa nni hɔ a, ɔman hwe ase,

Na afotufo* dodow na ɛma nneɛma kɔ yiye.*+

15 Obiara a odi ɔhɔho anim ma okogye bosea no, ebewie no bɔne,+

Na obiara a onkyia obi nsam sɛ ɔde redi agyinam no, n’asom bedwo no.

16 Ɔbea nuonyamfo* nya nidi,+

Na mmarima atirimɔdenfo de, wogye ahonyade.

17 Onipa a ne yam ye* no, ɛboa ɔno ara,*+

Na otirimɔdenfo de, ɔde ɔhaw* na ɛba ɔno ara so.+

18 Akatua a ɔbɔnefo nya yɛ nnaadaa,+

Na nea odua trenee de, onya akatua pa.+

19 Nea ogyina trenee akyi pintinn no benya nkwa,+

Na nea odi bɔne akyi de, owu da hɔ retwɛn no.

20 Koma mu nkontompofo yɛ Yehowa akyiwade,+

Na wɔn a wɔn kwan teɛ ma n’ani gye.+

21 Hu eyi sɛ:* Ɔbɔnefo remfa ne ho nni,+

Na ɔtreneeni mma de, wobenya wɔn ti adidi mu.

22 Sɛnea sika kɔkɔɔ kawa te wɔ prako hwene mu no,

Saa ara na ɔbea hoɔfɛfo a ɔpo nyansa te.

23 Ade a atreneefo pɛ wie yiye,+

Na ade a abɔnefo ani da so de, ekowie abufuw mu.

24 Obi kyɛ ade pii* nanso onya bebree,+

Obi nso nkyɛ* ade, nanso odi hia.+

25 Onipa* a ne yam ye no, ebesi no yiye,*+

Obiara a ɔma nkurɔfo ho dwo wɔn no,* ɔno nso, wɔbɛma ne ho adwo no.+

26 Nea ɔde aduan* kame nkurɔfo no, ɔmanfo bɛdome no,

Na nea ɔtɔn de, wobehyira no.

27 Nea n’ani abere sɛ ɔbɛyɛ papa no, ɔhwehwɛ adom,+

Na nea ɔhwehwɛ bɔne no, ɛno ara na ɛbɛba ne so.+

28 Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no, ɔbɛhwe ase,+

Na atreneefo de, wɔbɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ ahaban momono.+

29 Obiara a ɔde ɔhaw* ba ne fi so no, nea obenya ara ne mframa,+

Na ɔkwasea bɛyɛ akoa ama koma mu nyansafo.

30 Aba a ɔtreneeni sow yɛ nkwa dua,+

Na nea onya akra* no yɛ onyansafo.+

31 Sɛ ɔtreneeni mpo remfa ne ho nni wɔ asaase so a,

Ɛbɛyɛ dɛn na omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo afa wɔn ho adi?+

12 Nea ɔdɔ nteɛso no dɔ nimdeɛ,+

Na nea ɔtan ɔkasakyerɛ no de, onni adwene.*+

 2 Nea ɔyɛ onipa pa no, Yehowa gye no tom,

Na onipa a ɔwɔ adwemmɔne de, Obu no fɔ.+

 3 Onipa biara nni hɔ a bɔne betumi abɔ ne ho ban,+

Na atreneefo de, wɔrentutu wɔn ase da.

 4 Ɔyere pa yɛ ne kunu ahenkyɛw,+

Na ɔyere a ɔyɛ aniwude de, ɔte sɛ ɔyare a ɛma ne kunu nnompe porɔw.+

 5 Atreneefo nsusuwii teɛ,

Na abɔnefo akwankyerɛ de, ɛyɛ nnaadaa.

 6 Abɔnefo nsɛm te sɛ owudifo a ɔretetɛw obi akum no,*+

Na atreneefo ano de,

egye wɔn.+

 7 Wotu abɔnefo ase a, wɔyera,

Na atreneefo fi de, ebegyina daa.+

 8 Onipa a obue n’ano nyansa mu no, wobeyi no ayɛ,+

Na nea ne koma akyea de, wɔremfa no nyɛ hwee.+

 9 Obi a wommu no a ɔwɔ akoa no,

Oye sen obi a ɔhoahoa ne ho a n’ano aduan* abɔ no.+

10 Ɔtreneeni hwɛ n’afieboa* yiye,+

Na ɔbɔnefo de, ne mmɔborɔhunu mpo yɛ atirimɔden.

11 Nea ɔdɔw n’asaase no, aduan bɛmee no,+

Na nea odi nneɛma hunu akyi no, onnim nyansa.*

12 Ɔbɔnefo ani bere nea abɔnefo foforo asum afiri anya,

Na atreneefo ntini de, ɛsow aba.

13 Ɔbɔnefo de, ɔno ara anom asɛmmɔne na esum no afiri,+

Na ɔtreneeni befi amanehunu mu.

14 Onipa anom aba na ɛma odi adepa* mee,+

Na ne nsa ano adwuma bɛma wanya akatua.

15 Ɔkwasea kwan teɛ wɔ ɔno ara ani so,+

Na onyansafo de, otie afotu.+

16 Ɔkwasea da n’abufuw adi ntɛm,*+

Na onyansafo de, obu n’ani gu adapaatwa so.*

17 Nea odi adanse turodoo no, ɔka nokware,*

Na nea n’adanse nyɛ nokware no, ɔka nnaadaasɛm.

18 Nsɛm a wotu no bumbum no, ɛte sɛ nea wɔde sekan rewowɔ obi,

Na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.+

19 Ano a ɛka nokware betim hɔ daa,+

Na tɛkrɛma a ɛnka nokware de, ɛrenni gyina.+

20 Nnaadaa wɔ wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne koma mu,

Na wɔn a wɔhyɛ asomdwoe ho nkuran de, wɔn ani gye.*+

21 Bɔne biara rento ɔtreneeni,+

Na abɔnefo de, amanehunu bɛhyɛ wɔn ma.+

22 Ano a ɛnka nokware yɛ Yehowa akyiwade,+

Na wɔn a wodi nokware no ma n’ani gye.

23 Onyansafo de nea onim sie,

Na ɔkwasea koma de, ɛkeka nsɛm ma ne nkwaseasɛm da adi.+

24 Mmɔdenbɔfo* nsa bedi tumi,+

Na nsa a ɛnyɛ adwuma de, ɛbɛyɛ nkoadwuma.+

25 Onipa komam dadwen ma ne koma botow,*+

Na asɛmpa ma enya anigye.+

26 Ɔtreneeni hwehwɛ baabi a ne mmoa bedidi,

Na abɔnefo kwan de, ɛma wɔyera.

27 Ɔkwadwofo nkɔ ahayɔ,+

Na mmɔdenbɔ de, ɛyɛ onipa agyapade a ɛsom bo.

28 Trenee kwan kɔ nkwa mu,+

Na owu nni n’anammɔnkwan so.

13 Ɔba nyansafo gye ne papa nteɛso tom,+

Na ɔfɛwdifo de, ontie animka.*+

 2 Onipa anom aba na ɛma odi adepa* mee,+

Na nkontompofo de, wɔn akɔnnɔde ne awudisɛm.*

 3 Nea ɔhwɛ n’ano yiye no,* ɔbɔ ne nkwa* ho ban,+

Na nea obue n’anom kɛse no, ɔbɛsɛe.+

 4 Ɔkwadwofo wɔ n’akɔnnɔde,* nanso onnya hwee,+

Na mmɔdenbɔfo* de, ɔbɛmee paa.*+

 5 Ɔtreneeni tan atoro,+

Na abɔnefo nneyɛe de, ɛde aniwu ne animguase na ɛba.

 6 Nea ne ho nni asɛm no, trenee bɔ ne ho ban,+

Na ɔbɔnefo de, amumɔyɛ sɛe no.

 7 Obi wɔ hɔ a ɔyɛ ne ho sɛ osikani, nanso onni hwee;+

Obi nso yɛ ne ho sɛ ohiani, nanso ɔwɔ ahonyade bebree.

 8 Ahonyade yɛ agyede ma onipa nkwa,*+

Na ahiafo de, obiara nhunahuna wɔn* mpo.+

 9 Atreneefo kanea hyerɛn paa,*+

Na abɔnefo kanea de, wobedum no.+

10 Nea ahantan kowie ara ne mansotwe,+

Na wɔn a wɔhwehwɛ afotu* no na nyansa yɛ wɔn dea.+

11 Ahonyade a wonya no ntɛm* no, ɛbɛsa,+

Na nea ɔboaboa ahonyade ano nkakrankakra* no, ɛbɛyɛ bebree.

12 Anidaso* a ɛmma mu ntɛm no, ɛma koma yare,+

Na nea wɔrehwɛ kwan ba mu a, ɛyɛ nkwa dua.+

13 Obiara a ɔmfa akwankyerɛ nyɛ hwee no,* obenya ho asotwe,+

Na nea ɔwɔ obu ma mmara no, obenya akatua.+

14 Onyansafo nkyerɛkyerɛ* yɛ nkwa asuti,+

Na ɛdan onipa fi owu mfiri ho.

15 Nhumu a emu dɔ ma onipa nya adom,

Na nkontompofo kwan de, ɛso nye.*

16 Onyansafo de nimdeɛ na ɛyɛ n’ade,+

Na ɔkwasea de, ɔma obiara hu sɛ ɔyɛ ɔkwasea.+

17 Obi a wɔasoma no a ɔyɛ ɔbɔnefo no, ɔtɔ ɔhaw mu,+

Na obi a wɔasoma no a odi nokware de, ɔde ayaresa ba.+

18 Obiara a obu n’ani gu nteɛso so no, ohia ne animguase na ɛbɛka no,

Na nea otie ɔkasakyerɛ* de, wɔbɛhyɛ no anuonyam.+

19 Nea obi rehwɛ kwan ba mu a, ɛyɛ no* dɛ,+

Na nea ɔkwasea kyi ne sɛ ɔbɛtwe ne ho afi bɔne ho.+

20 Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo,+

Na nea ɔne nkwaseafo bɔ no, ebewie no bɔne.+

21 Amanehunu di abɔnefo akyi,+

Na atreneefo de, wɔn akatua ne yiyedi.+

22 Onipa pa gyaw agyapade ma ne nananom,*

Na ɔbɔnefo ahonyade de, wɔbɛkora so ama ɔtreneeni.+

23 Ohiani afuw a wɔafuntum no, ɛma aduan pii ba,

Nanso anhwɛ a atɛnkyea bɛpra akɔ.*

24 Obiara a ɔmfa n’abaa* nyɛ adwuma no, ɔtan ne ba,+

Na nea ɔdɔ ne ba no, ɔde ahokeka teɛ no so.*+

25 Ɔtreneeni didi, na ɔmee,*+

Na ɔbɔnefo de, ne yafunu bɛda mpan.+

14 Ɔbea nyansafo si ne fi,+

Na ɔbea kwasea de, ɔde ne nsa dwiriw ne de gu.

 2 Nea ɔnantew trenee mu no suro Yehowa,

Na nea n’akwan yɛ nnaadaa* no de, obu No animtiaa.

 3 Ahantan abaa wɔ ɔkwasea anom,

Na anyansafo ano de, ɛbɛbɔ wɔn ho ban.

 4 Sɛ anantwi nni hɔ a, mmoa adididaka mu tew,

Nanso nantwinini ahoɔden ma nnɔbae dɔɔso.

 5 Ɔdansefo nokwafo renni atoro,

Na ɔdansekurumfo de, otwa nkontompo daa.+

 6 Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa, nanso onnya,

Na onipa a ɔwɔ ntease de, ɔmmrɛ na wanya nimdeɛ.+

 7 Twe wo ho fi ɔkwasea ho,

Na worennya nimdeɛ wɔ n’anom.+

 8 Nyansa ma onitefo hu baabi a ɔrekɔ,

Na nkwaseafo de, wɔn ankasa nkwaseasɛm na ɛdaadaa wɔn.*+

 9 Nkwaseafo de afodi* yɛ aseresɛm,+

Na atreneefo de, wɔpɛ sɛ wosiesie wɔne nkurɔfo ntam.*

10 Koma na enim n’awerɛhow,*

Na n’anigye nso, abɔntensoni biara rentumi nnya bi.

11 Wɔbɛsɛe abɔnefo fi,+

Na atreneefo ntamadan de, ɛbɛyɛ frɔmfrɔm.

12 Ɔkwan bi wɔ hɔ a, ɛteɛ wɔ onipa ani so,+

Nanso ekowie owu mu.+

13 Ɔserew mu mpo, koma tumi di yaw,

Na ahurusi tumi kowie awerɛhow mu.

14 Nea waman wɔ ne komam no, obetwa so aba,+

Na onipa pa de, obenya ne nneyɛe so akatua.+

15 Ogyimifo* gye asɛm biara di,

Na onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.+

16 Onyansafo hwɛ ne ho yiye,* na ɔtwe ne ho fi bɔne ho,

Na ɔkwasea de, biribiara mfa ne ho,* na ogye ne ho di dodo.

17 Nea ne bo fuw ntɛm no, odi nkwaseasɛm,+

Na onipa a odwen nneɛma ho yiye no, wɔtan no.

18 Nea agyimifo* benya ne nkwaseasɛm,

Na anyansafo de, wɔde nimdeɛ bɔ wɔn abotiri.+

19 Abɔnefo bɛkotow apapafo anim,

Na amumɔyɛfo akotow atreneefo apon ano.

20 Ohiani ayɔnkofo mpo tan no,+

Na osikani de, ne nnamfo dɔɔso.+

21 Nea ɔmfa ne yɔnko nyɛ hwee no, wayɛ bɔne,

Na nea ne yam hyehye no ma mmɔborɔwa no, n’ani gye.+

22 Wɔn a wodwen adwemmɔne no, wɔremfom kwan anaa?

Wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ papa no de, ɔdɔ a enni huammɔ ne nokware wɔ hɔ ma wɔn.+

23 Adwumaden biara so wɔ mfaso,

Na kasa kɛkɛ de, ohia na ɛde ba.+

24 Anyansafo ahenkyɛw ne wɔn ahonyade;

Na nkwaseafo agyimisɛm de, ɛyɛ nkwaseasɛm nko ara.+

25 Ɔdansefo nokwafo gye nkwa,*

Na ɔdaadaafo de, otwa nkontompo daa.

26 Nea osuro Yehowa no ahotoso yɛ kɛse,+

Na ɛbɛyɛ guankɔbea ama ne mma.+

27 Yehowa suro yɛ nkwa asuti,

Ɛdan onipa fi owu mfiri ho.

28 Nnipa dodow yɛ ɔhene anuonyam,+

Na ɔhene a onni ɔmanfo de, n’ahwease ara ne no.

29 Nea ne bo mfuw ntɛm no, ɔwɔ nhumu pii,+

Na nea ɔpere ne ho de, ɔma obiara hu ne nkwaseasɛm.+

30 Koma a edwo ma nipadua nya nkwa,*

Na ahoɔyaw de, ɛma nnompe porɔw.+

31 Nea osisi mmɔborɔwa no, ɔyeyaw ne Bɔfo,+

Na obiara a ne yam hyehye no ma ohiani no de, ɔhyɛ No anuonyam.+

32 Ɔbɔnefo de, ɔno ara n’amumɔyɛ na ɛbɛma wahwe ase,

Na ɔtreneeni de, n’abrabɔ a edi mu nti obenya ahobammɔ.*+

33 Onipa a ɔwɔ ntease no, nyansa te ne komam dinn,+

Na nkwaseafo de, wɔbɔ no dawuru.

34 Trenee ma ɔman nya anuonyam,+

Na bɔne de, egu ɔman anim ase.

35 Akoa a ɔwɔ nhumu ma ɔhene ani gye,+

Na nea ɔyɛ aniwude de, ɔhene bo fuw no.+

15 Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa,+

Na asɛm a ɛyɛ yaw de,

ɛhyɛ abufuw.+

 2 Anyansafo tɛkrɛma de nimdeɛ yɛ adepa,+

Na nkwaseafo ano de, ɛkeka nkwaseasɛm.

 3 Yehowa ani wɔ baabiara;

Ɛhwɛ abɔnefo ne apapafo nyinaa.+

 4 Tɛkrɛma a edwo* yɛ nkwa dua,+

Na asɛm a wɔka kyinkyim no de, ebu abam.*

 5 Ɔkwasea bu ne papa nteɛso animtiaa,+

Na onyansafo de, ogye ɔkasakyerɛ tom.*+

 6 Nneɛma a ɛsom bo bebree wɔ ɔtreneeni fi,

Na ɔbɔnefo nnɔbae* de, ɛde ɔhaw brɛ no.+

 7 Anyansafo ano pete nimdeɛ,+

Na nkwaseafo koma de, ɛnte saa.+

 8 Abɔnefo afɔrebɔ yɛ Yehowa akyiwade,+

Na atreneefo mpaebɔ de, N’ani gye ho.+

 9 Yehowa kyi abɔnefo kwan,+

Na wɔn a wɔyɛ adetrenee de, ɔdɔ wɔn.+

10 Nea wagyaw ɔkwan no, obu nteɛso sɛ ɛnyɛ adepa,*+

Na obiara a ɔtan ɔkasakyerɛ no, obewu.+

11 Ɔdamoa* ne ɔsɛe amoa* mpo Yehowa ani tua,+

Na nnipa koma mu na ɔrenhu anaa?+

12 Ɔfɛwdifo nnɔ nea ɔteɛ no.*+

Ɔrenkɔ anyansafo nkyɛn.+

13 Anigye koma ma onipa anim tew,

Na koma mu yaw de, ɛma honhom botow.+

14 Ntease koma hwehwɛ nimdeɛ,+

Na nkwaseafo de, wɔn ano aduan ne nkwaseasɛm.*+

15 Mmɔborɔwa de, da biara nye mma no,+

Na nea ɔwɔ anigye koma* de, daa ɔwɔ apontow mu.+

16 Sɛ obi suro Yehowa na ɔwɔ ade ketewaa bi a,+

Eye sen sɛ obenya ahonyade pii a adwinnwen bata ho.+

17 Nhabamma* a wodi wɔ baabi a ɔdɔ wɔ no,+

Eye sen nantwi a wadɔ srade* a wɔwe wɔ baabi a ɔtan wɔ.+

18 Obi a ne bo fuw ntɛmntɛm hwanyan ntɔkwaw mu,+

Na nea ne bo mfuw ntɛm de, ɔma akasakasa brɛ ase.+

19 Ɔkwadwofo kwan te sɛ nsɔe a wɔde agye ban,+

Na atreneefo kwan de, ɛte sɛ ɔkwantempɔn a ɛda so.+

20 Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+

Na ɔkwasea de, ɔmfa ne maame nyɛ hwee.+

21 Nea onnim nyansa* no ani gye nkwaseasɛm ho,+

Na onipa a ɔwɔ nhumu de, ɔnantew kɔ n’anim tẽẽ.+

22 Sɛ adwentoatoa* nni hɔ a, nhyehyɛe* nyɛ yiye,

Na afotufo* dodow ma nhyehyɛe yɛ yiye.+

23 Onipa ma mmuae pa* a, odi ahurusi,+

Na asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu de, eye paa!+

24 Obi a ɔwɔ nhumu no, ɔnam nkwa kwan a ɛkorɔn so,+

Na ɛdan no fi Ɔdamoa* a ɛwɔ fam no ho.+

25 Yehowa bedwiriw ahantanfo fi agu,+

Na okunafo ahye de, ɔbɛbɔ ho ban.+

26 Yehowa kyi abɔnefo pɔw bɔne,+

Na nsɛm a ɛyɛ dɛ de, ɛho tew ma No.+

27 Nea ɔpɛ mfaso bɔne no de ɔhaw* ba ɔno ara ne fifo so,+

Na nea ɔtan adanmude* no de, obenyin akyɛ.+

28 Ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae,*+

Na ɔbɔnefo ano de, ɛkeka nsɛmmɔne.

29 Yehowa ne abɔnefo ntam kwan ware,

Na atreneefo de, otie wɔn mpaebɔ.+

30 Ani a ɛhyerɛn* ma koma di ahurusi;

Amanneɛbɔ pa ma nnompe nya ahoɔden.*+

31 Nea otie ɔkasakyerɛ a ɛma nkwa no,

Ɔne anyansafo na ɛte.+

32 Nea onnye nteɛso ntom no, ɔmfa ne nkwa* nyɛ hwee,+

Na obiara a otie ɔkasakyerɛ no, onya ntease.*+

33 Yehowa suro yɛ ntetee a ɛma nyansa,+

Na ahobrɛase ba ansa na anuonyam aba.+

16 Onipa hyehyɛ* ne komam nsusuwii,*

Na mmuae a ɔma de,* efi Yehowa hɔ.+

 2 Onipa akwan nyinaa yɛ papa* wɔ n’ani so,+

Nanso Yehowa na ɔhwehwɛ adwene a onipa de yɛ biribi* mu.+

 3 Fa nea woyɛ nyinaa hyɛ Yehowa nsa,*+

Na wo nhyehyɛe bewie yiye.

 4 Biribiara a Yehowa ayɛ no, wayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma n’atirimpɔw abam,

Ɔbɔnefo mpo, ɔwɔ hɔ ma da bɔne.+

 5 Yehowa akyiwade ne obiara a ɔyɛ ahantan wɔ komam.+

Hu sɛ,* ɔremfa ne ho nni.

 6 Wɔde ɔdɔ a enni huammɔ ne nokwaredi na ɛpata mfomso,+

Na Yehowa suro na ɛma obi dan fi bɔne ho.+

 7 Sɛ onipa akwan sɔ Yehowa ani a,

Ɔma n’atamfo mpo ne no tena asomdwoe mu.+

 8 Ade ketewa a trenee bata ho no,+

Eye sen akatua kɛse a atɛntrenee nni mu.+

 9 Onipa susuw n’akwan ho wɔ ne komam,

Nanso Yehowa na ɔkyerɛ n’anammɔn kwan.+

10 Onyankopɔn atemmu na ɛsɛ sɛ ɛtena ɔhene anom,+

Na ɛnsɛ sɛ obu atɛnkyea da.+

11 Ade a wɔde susuw nneɛma ne nsenia* a edi mu fi Yehowa hɔ;

Nkaribo a ɛwɔ kotoku mu nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.+

12 Nneyɛe bɔne yɛ ahemfo akyiwade,+

Efisɛ trenee na ɛma ahengua tim.+

13 Ahemfo ani sɔ kasa a ɛteɛ.

Wɔdɔ obiara a ɔka nokware.+

14 Ɔhene abufuw te sɛ obi a wɔasoma no a ɔde owu nam,+

Nanso onyansafo pata no.*+

15 Ɔhene animtew mu na nkwa wɔ;

N’adom te sɛ omununkum a ɛma osu tɔ wɔ fefɛw bere mu.+

16 Eye koraa sɛ wubenya nyansa sen sɛ wubenya sika kɔkɔɔ!+

Eye sɛ wobɛfa ntease sen sɛ wobɛfa dwetɛ.+

17 Atreneefo kwantempɔn man fi bɔne ho.

Obiara a ɔhwɛ ne kwan yiye no kora ne nkwa* so.+

18 Ahantan di ɔsɛe anim,

Na ahomaso honhom di ahwease anim.+

19 Eye sɛ wobɛbrɛ wo ho ase* wɔ wɔn a wodwo mu+

Sen sɛ wo ne ahantanfo bɛkyɛ nneɛma a wɔagye afi nkurɔfo nsam.

20 Nea ɔda nhumu adi wɔ asɛm mu no, ebesi no yiye;

Anigye ne nea ɔde ne ho to Yehowa so.

21 Nea ɔyɛ onyansafo wɔ komam no, wɔbɛfrɛ no ntease,+

Na nea n’anom kasa yɛ dɛ* no, nkurɔfo tie no.+

22 Nhumu yɛ nkwa asuti ma wɔn a wɔwɔ nhumu,

Na nkwaseafo de, wɔn ankasa nkwaseasɛm na ɛteɛ wɔn so.

23 Onyansafo koma ma n’ano nya nhumu,+

Na ɛma n’anom kasa yɛ dɛ.

24 Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm;

Ɛyɛ ɔkra* dɛ, na ɛsa nnompe yare.+

25 Ɔkwan bi wɔ hɔ a, ɛteɛ wɔ onipa ani so,

Nanso ekowie owu mu.+

26 Odwumayɛni kɔm* ma ɔyɛ adwumaden,

Efisɛ ne yam kɔm* na epiapia no.+

27 Onipahunu tutu fam hwehwɛ bɔne,+

Na n’anom kasa te sɛ ogya a ɛhyehye.+

28 Onipa gyigyefo* sɛe nnipa ntam,+

Na nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ɔtetew nnamfo a wɔbɔ kosua taforo ntam.+

29 Owudifo daadaa ne yɔnko,

Na ɔde no fa ɔkwan a enye so.

30 Ɔrebɔ pɔw bɔne nyinaa, na ɔrebubu n’ani.

Ɔredi bɔne nyinaa, na ɔrewe n’ano.

31 Eti so dwen a wohu wɔ trenee kwan so no,+

Ɛyɛ ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.*+

32 Nea ne bo mfuw ntɛm no,+ oye sen ɔkatakyi,

Na nea ɔhyɛ n’abufuw so no,* oye sen nea ɔko fa kurow.+

33 Onipa srɛ so na wɔbɔ ntonto,+

Nanso nea efi mu ba biara fi Yehowa.+

17 Eye sɛ wubedi paanoo wosee wɔ baabi a asomdwoe* wɔ+

Sen sɛ wubedi aduan sɔkyee* wɔ ofi a akasakasa wom mu.+

 2 Akoa a ɔwɔ nhumu no, obedi ɔba a ɔyɛ aniwude so,

Na ɔno nso benya agyapade te sɛ owura no ba no.

 3 Kuku a wɔnan ade wom wɔ hɔ ma dwetɛ, ɛnna fononoo wɔ hɔ ma sika kɔkɔɔ,+

Na nea ɔhwehwɛ komam ne Yehowa.+

 4 Onipabɔnefo yɛ aso tie asɛm a ɛyɛ yaw,

Na ɔdaadaafo tie tɛkrɛma a etwa nkontompo.+

 5 Obiara a odi ohiani ho fɛw no, ɔyeyaw ne Bɔfo,+

Na obiara a odi ne yɔnko amanehunu ho ahurusi no, ɔremfa ne ho nni.+

 6 Nkwakoraa ne mmerewa ahenkyɛw ne mmanana,*

Na mma mmarima* anuonyam ne wɔn agyanom.*

 7 Sɛnea ɔkasa a ɛteɛ* mfata ɔkwasea no,+

Saa ara na nkontompo kasa mfata ɔhene* koraa!+

 8 Akyɛde te sɛ aboɔdenbo* ma ne wura;+

Baabiara a ɔbɛfa biara, ɛma esi no yiye.+

 9 Obiara a ɔde bɔne kyɛ* no hwehwɛ ɔdɔ,+

Na nea ɔkɔ so tĩ asɛm mu de, ɔtetew nnamfo a wɔbɔ kosua taforo ntam.+

10 Nea ɔwɔ ntease no, animka boa no paa+

Sen sɛ wobetwa ɔkwasea mmaa ɔha.+

11 Onipabɔnefo de, atuatew nko ara na ɔhwehwɛ,

Na wɔbɛsoma otirimɔdenfo ama wakɔtwe n’aso.+

12 Sɛ wuhyia osisi a wɔakyere ne mma a,

Eye sen sɛ wubehyia ɔkwasea a ɔte ne nkwaseasɛm mu.+

13 Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a,

Bɔne rempa ne fi.+

14 Sɛ wohyɛ ntɔkwaw ase a, ɛte sɛ nea woretue ɔtare mu nsu;*

Akasakasa* nnya mfii ase no, twa so kɔ.+

15 Obiara a obu ɔbɔnefo bem ne obiara a obu ɔtreneeni fɔ no,+

Wɔn nyinaa yɛ Yehowa akyiwade.

16 Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ ɔkwasea wɔ nea obetumi de anya nyansa

Bere a onni ti* a ɔde besua nyansa?*+

17 Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa,+

Na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.*+

18 Onipa a onnim nyansa* kyia obi nsam, na ɔpene so sɛ,

Obedi agyinam* wɔ ne yɔnko anim.+

19 Nea ɔpɛ ntɔkwaw no, ɔpɛ mmarato.+

Obiara a ɔma ne pon ano kwan kɔ soro no frɛfrɛ ahwease.+

20 Koma mu nkontompofo de, ɛrensi wɔn yiye,+

Na nea ɔka nnaadaasɛm no bɛsɛe.

21 Ɔbarima a ɔwo ɔba kwasea bedi ne ho awerɛhow;

Na abofra a onnim nyansa no, ne papa nni anigye.+

22 Anigye koma yɛ aduru papa;*+

Na honhom a abotow de, ɛma ahoɔden so tew.*+

23 Ɔbɔnefo gye adanmude* wɔ kokoam*

Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyea atemmu.+

24 Nea ɔwɔ nhumu no, nyansa wɔ n’anim pɛɛ,

Na ɔkwasea ani de, ɛdeda asaase ano akyirikyiri.+

25 Ɔba kwasea ma ne papa di awerɛhow,

Na ɔhyɛ nea ɔwoo no no ahometew.+

26 Ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛtwe ɔtreneeni aso,

Na ɛmfata sɛ wɔbɛbɔ onuonyamfo mmaa.

27 Onipa a ɔwɔ nimdeɛ hwɛ ne nsɛm yiye,+

Na nea ɔwɔ nhumu tɔ ne bo ase.*+

28 Ɔkwasea mpo, sɛ omua n’ano a, wobu no onyansafo,

Na nea ɔka n’ano tom no, wobu no sɛ ɔwɔ nhumu.

18 Obiara a ɔtew ne ho no, nea ɔno ara pɛ na odi akyi;

Ɔpo nyansa nyinaa.*

 2 Ɔkwasea ani nnye ntease ho,

Na mmom nea ɛwɔ ne komam na oyi no adi.+

 3 Sɛ ɔbɔnefo ba a, animtiaabu nso ba,

Na animguase ne aniwu na ɛnam.+

 4 Onipa anom nsɛm yɛ nsu a emu dɔ.+

Nyansa asuti yɛ nsu a ɛtene bu fa so.

 5 Ɛnyɛ papa sɛ wobɛyɛ animhwɛ na woadi ama ɔbɔnefo,+

Na ɛnyɛ papa nso sɛ wubebu ɔtreneeni atɛnkyea.+

 6 Ɔkwasea anom asɛm de ntɔkwaw ba,+

Na n’ano frɛfrɛ ɔhwe.+

 7 Ɔkwasea ano na ɛsɛe no,+

Na n’ano na esum ne nkwa* afiri.

 8 Nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ne nsɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;*+

Nkurɔfo memene kogu wɔn yafunu mu tɔnn.+

 9 Obiara a ɔyɛ akwadworɔ wɔ n’adwuma ho no,

Ne nua ne ɔdesɛefo.+

10 Yehowa din yɛ abannennen.+

Emu na ɔtreneeni guan kɔ, na onya ahobammɔ.*+

11 Osikani ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den;

N’ani so no, ɛte sɛ ɔfasu a ɛbɔ ne ho ban.+

12 Sɛ onipa koma ma ne ho so a, nea edi akyi ba ne ahwease,+

Na ahobrɛase ba a, nea edi akyi ba ne anuonyam.+

13 Sɛ obi bua asɛm ansa na wate emu nokware a,

Ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.+

14 Onipa honhom tumi boa no wɔ ne yare mu,+

Na honhom a abubu* de, hena na obetumi asoa?+

15 Onipa a ɔwɔ ntease no, ne koma nya nimdeɛ,+

Na anyansafo aso hwehwɛ nimdeɛ.

16 Onipa akyɛde bue kwan ma no;+

Ɛde no kɔ nnipa atitiriw anim.

17 Nea odi kan ka n’asɛm no, anhwɛ a wobɛka sɛ n’asɛm yɛ dɛ,+

Kosi sɛ nea ɔne no anya asɛm no bɛba na wabebisabisa no nsɛm.*+

18 Sɛ wɔbɔ ntonto a, ɛma akyinnye to twa,+

Na ɛpata atumfo a mente-me-ho-ase aba wɔn ntam.

19 Onua a wɔafom no no, n’asɛm yɛ den sen kurow a wɔato ho fasu;+

Na mansotwe bi wɔ hɔ a, ɛte sɛ nnade a wɔde abram abankɛse akyi.+

20 Onipa anom aba na ɛhyɛ ne yafunu ma;+

Na nea efi n’anom ba* na ɛbɛmee no.

21 Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam;*+

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde yɛ adwuma no bedi so aba.+

22 Nea wanya ɔyere pa no, wanya adepa,+

Na Yehowa begye no atom.*+

23 Ohiani rekasa a ɔpa kyɛw,

Na osikani reyi ano a, otu ne nsɛm bumbum.

24 Ayɔnkofo bi wɔ hɔ a, obiara nya ne yɔnko a, ɔremfa ne ho nkyɛ no,+

Na adamfo bi de, ɔntwe ne ho da,* ɔkyɛn onua mpo.+

19 Eye sɛ wobɛyɛ ohiani a n’abrabɔ di mu+

Sen sɛ wobɛyɛ ɔkwasea na woadi atoro.+

 2 Onipa* a onni nimdeɛ no nye,+

Na nea ɔpere ne ho* no, ɔyɛ bɔne.

 3 Onipa nkwaseasɛm na ɛma ne kwan kyea,

Na ne bo fuw Yehowa ne koma mu.

 4 Ahonyade ma onipa nya nnamfo pii,

Na ohiani de, n’adamfo mpo bɛtwe ne ho afi ne ho.+

 5 Onipa a odi adanse a ɛnyɛ nokware no, obenya asotwe,+

Na nea otwa nkontompo daa no, ɔremfa ne ho nni.+

 6 Nnipa pii pɛ sɛ wonya otitiriw* anim anuonyam,

Na obiara adamfo ne onipa a ɔkyɛ ade.

 7 Ohiani nuanom nyinaa tan no;+

Ne nnamfo mpo de, wɔatwe wɔn ho afi ne ho!+

Ɔrehwehwɛ wɔn abisa wɔn biribi, nanso obiara mmua no.

 8 Obiara a onya nyansa no,* ɔdɔ ne ho.*+

Obiara a nhumu som bo ma no no, ebesi no yiye.+

 9 Onipa a odi adanse a ɛnyɛ nokware no, obenya asotwe,

Na nea otwa nkontompo daa no, ɔbɛyera.+

10 Asetena pa mfata ɔkwasea;

Na akoa de, ɛmfata koraa sɛ obedi mpanyimfo so!+

11 Onipa nhumu ma ɔtwentwɛn n’abufuw ase,+

Na ɛyɛ anuonyam ma no sɛ obebu n’ani agu mfomso* so.*+

12 Ɔhene abufuw te sɛ gyata* mmobom,+

Na n’anim anuonyam te sɛ wura so bosu.

13 Ɔba kwasea ma ne papa hu amane,+

Na ɔyere a ɔpɛ ntɔkwaw* no, ɔte sɛ ɔdan a enwini a ennyae da.+

14 Ofi ne ahonyade yɛ agyapade a wonya fi agyanom hɔ,

Na ɔyere badwemma de, ofi Yehowa.+

15 Anihaw ma obi da hatee,

Na ɔkɔm bɛde ɔkwadwofo.*+

16 Nea odi mmara nsɛm so no kora ne nkwa* so;+

Nea ɔyɛ n’akwan basabasa no bewu.+

17 Nea ɔdom mmɔborɔwa no, ɔde bɔ Yehowa bosea,*+

Na nea wayɛ no, Ɔbɛhyɛ no ananmu.*+

18 Bere a anidaso wɔ hɔ yi, teɛ wo ba;+

Mma ɛnnkɔba sɛ wo na woama wawu.*+

19 Onipa a ne bo fuw ntɛmntɛm no, wɔbɔ no ka;

Sɛ woyɛ sɛ wubegyaa no a, wubegyaa no asan agyaa no bio.+

20 Tie afotu na gye nteɛso tom,+

Na ama woahu nyansa daakye.+

21 Onipa komam nhyehyɛe dɔɔso,

Nanso nea Yehowa abɔ ne tirim no, ɛno na ebegyina.+

22 Ade a ɛyɛ fɛ wɔ onipa ho ne ne dɔ a enni huammɔ;+

Sɛ ehia wo a, eye sen sɛ wobɛyɛ ɔtorofo.

23 Yehowa suro kowie nkwa mu.+

Nea osuro no no, n’asom dwo no, na bɔne biara rento no.+

24 Ɔkwadwofo de ne nsa ato ayowa mu,

Nanso ɔnhaw ne ho mpo sɛ ɔde bɛkɔ n’ano.+

25 Bɔ ɔfɛwdifo,+ na ɛbɛma ogyimifo ahu nyansa;+

Kasa kyerɛ obi a ɔwɔ ntease, na ɛbɛma ne nimdeɛ adɔɔso.+

26 Nea ɔyɛ ne papa basabasa na ɔpam ne maame no,

Ɔyɛ ɔba a ne ho yɛ aniwu ne animguase ba.+

27 Me ba, sɛ wugyae nteɛso tie a,

Wobɛman afi nsɛm a ɛma nimdeɛ ho.

28 Ɔdansefo a ne so nni mfaso di atɛntrenee ho fɛw,+

Na abɔnefo ano memene bɔne.+

29 Atemmu wɔ hɔ ma ɔfɛwdifo,+

Na mmaa wɔ hɔ ma nkwaseafo akyi.+

20 Nsã* yɛ ɔfɛwdifo,+ nsã a ano yɛ den yɛ basabasa;+

Obiara a odi akyi fom kwan no, onnim nyansa.+

 2 Ɔhene ho hu te sɛ gyata* mmobom;+

Obiara a ɔhyɛ no abufuw no, ɔde ɔno ara ne nkwa di agoru.+

 3 Ɛyɛ anuonyam ma onipa sɛ ɔbɛtwe ne ho afi akasakasa ho,+

Na obiara a ɔyɛ ɔkwasea de, ɔde ne ho gye mu.+

 4 Ɔkwadwofo mfuntum asaase awɔwbere,*

Enti sɛ edu twabere a onni hwee a, ɔbɛsrɛsrɛ ade.*+

 5 Onipa komam nsusuwii* te sɛ nsu a emu dɔ,

Nanso onipa a ɔwɔ nhumu bɛsaw.

 6 Nnipa pii bɔ wɔn dɔ a enni huammɔ ho dawuru,

Nanso onipa a ɔyɛ nokwafo de, ne ho yɛ na!

 7 Ɔtreneeni abrabɔ di mu.+

Ne mma* a wɔbɛba wɔ n’akyi no ani begye.+

 8 Sɛ ɔhene tena ahengua so sɛ ɔrebu atɛn a,+

Ɔde n’ani huhuw asɛm so yiyi bɔne nyinaa gu.+

 9 Hena na obetumi aka sɛ: “Matew me komam;+

Me ho atew afi me bɔne ho”?+

10 Nsisi nkaribo ne nsisi susude;*

Ne nyinaa yɛ Yehowa akyiwade.+

11 Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu no;

Ɛno na wɔde hu sɛ ne suban ho tew, na eye.+

12 Aso a ɛte asɛm ne ani a ehu ade;

Yehowa na ɔyɛɛ abien no nyinaa.+

13 Mma nna nnyɛ wo dɛ, anyɛ saa a, wubedi hia.+

Bue w’ani, na aduan bɛmee wo.+

14 Nea ɔretɔ ade ka sɛ: “Enye, enye!”

Afei ofi hɔ kɔ, na ɔhoahoa ne ho.+

15 Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na ɛpo mu abohene* pii nso wɔ hɔ,

Nanso ano a ɛma nimdeɛ yɛ ade a ɛsom bo.+

16 Sɛ ɔbarima di agyinam ma ɔhɔho a, gye ne ntama;+

Sɛ odii agyinam maa ɔbea hɔho* a, ɛnde gye ade a ɔde sii awowa no fi ne nsam.+

17 Aduan a wɔnam nnaadaa so nya no, ɛyɛ onipa dɛ,

Nanso akyiri yi, mmosea bɛyɛ n’anom ma.+

18 Adwentoatoa* na ɛma nhyehyɛe gyina;+

Fa akwankyerɛ pa kɔ wo ko.+

19 Nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ɔnenam na ɔreyi kokoam nsɛm* adi;+

Wo ne obi a ɔpɛ nseku* mmmɔ.

20 Obiara a ɔdome ne papa ne ne maame no,

Sɛ esum ba a, ne kanea bedum.+

21 Agyapade a wɔde adifudepɛ nyae mfiase no,

N’awiei renyɛ nhyira.+

22 Nka sɛ: “Metua bɔne so ka!”+

Fa w’ani to Yehowa so,+ na obegye wo.+

23 Nsisi nkaribo* yɛ Yehowa akyiwade,

Na nkontompo nsenia* nye.

24 Yehowa na ɔkyerɛ sɛnea onipa betutu n’anammɔn;+

Onipa de, ɛbɛyɛ dɛn na wate ɔno ara ne kwan ase?*

25 Ɛyɛ afiri ma onipa sɛ ɔbɛpere ne ho aka sɛ, “Ɛyɛ ade kronkron!”+

Ansa na akyiri yi wasusuw ne bɔhyɛ no ho.+

26 Ɔhene nyansafo huhuw so yi abɔnefo gu,+

Na ɔde afiri a wɔde porow hwiit fa wɔn so.+

27 Onipa ahome te sɛ Yehowa kanea,

Ɛhwehwɛ nea ahintaw biara wɔ onipa mu.

28 Ɔdɔ a enni huammɔ ne nokware bɔ ɔhene ho ban;+

Ɔdɔ a enni huammɔ na ɛma n’ahengua tim.+

29 Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden,+

Na nkwakoraa anuonyam ne wɔn ti so dwen.+

30 Akuru ne opira yi bɔne;*+

Na ɔhwe hohoro onipa mu tɔnn.

21 Ɔhene koma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam.+

Baabi a Ɔpɛ biara na Ɔdan kɔ.+

 2 Onipa akwan nyinaa yɛ papa wɔ n’ani so,+

Nanso Yehowa na ɔhwehwɛ koma* mu.+

 3 Sɛ obi yɛ adetrenee na ɔyɛ nea ɛteɛ a,

Ɛsɔ Yehowa ani sen afɔrebɔ.+

 4 Ahantan ani ne ahantan koma,

Ɛno ne kanea a ɛkyerɛ abɔnefo kwan; ne nyinaa yɛ bɔne.+

 5 Nsiyɛfo nhyehyɛe bewie yiye,*+

Na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.+

 6 Agyapade a wɔde atoro tɛkrɛma nya no,

Ɛte sɛ ntutuw a ehuw kɔ; ɛyɛ afiri a edi awu.*+

 7 Abɔnefo awudisɛm na ɛbɛpra wɔn akɔ,+

Efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔde atɛntrenee yɛ adwuma.

 8 Ɔbarima a odi fɔ no, ne kwan akyea,

Na ɔtreneeni de, ne nnwuma teɛ.+

 9 Eye sɛ wobɛtena mmantwea baabi wɔ ɔdan atifi,

Sen sɛ wo ne ɔyere a ɔpɛ ntɔkwaw* bɛtena ofi baako mu.+

10 Ɔbɔnefo* kɔn dɔ bɔne;+

Onhu ne yɔnko mmɔbɔ.+

11 Sɛ wɔtwe ɔfɛwdifo aso a, ogyimifo sua nyansa,

Na sɛ onyansafo nya nhumu a, onya nimdeɛ.*+

12 Ɔtreneeni No hwɛ ɔbɔnefo fi;

Otu abɔnefo ase ma wɔsɛe.+

13 Obiara a mmɔborɔwafo su a, osisiw n’aso no,

Ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye no so.+

14 Akyɛde a wɔde ma wɔ kokoam dwudwo abufuw,+

Na adanmude* a wɔde ma wɔ ahintawee mu dwudwo abufuhyew.

15 Ɛyɛ anigye ma ɔtreneeni sɛ ɔde atɛntrenee bɛyɛ adwuma,+

Na abɔnefo de, ɛyɛ biribi a ɛyɛ hu ma wɔn.

16 Onipa a ɔman fi nhumu kwan so no,

Ɔbɛhome wɔ awufo asafo mu, wɔn a wontumi nyɛ hwee no.+

17 Nea ɔpɛ anigye no,* ebehia no;+

Na nea ɔpɛ nsã* na n’ani gye ngo ho no, ɔrennya sika.

18 Wɔde ɔbɔnefo bɛyɛ agyede ama ɔtreneeni,

Na wɔde Okontomponi besi ɔtreneeni anan.+

19 Eye sɛ wobɛtena sare so

Sen sɛ wo ne ɔyere gyigyefo a ɔpɛ ntɔkwaw bɛtena.+

20 Agyapade a ɛsom bo ne ngo wɔ onyansafo fi,+

Na ɔkwasea de, ɔbɛsɛe* nea ɔwɔ.+

21 Obiara a ɔhwehwɛ trenee ne ɔdɔ a enni huammɔ no,

Obenya nkwa ne trenee ne anuonyam.+

22 Onyansafo betumi aforo akatakyi kurow*

Na wakɔsɛe ahoɔden a wɔde wɔn ho ato so no.+

23 Nea ɔhwɛ n’ano ne ne tɛkrɛma yiye no,

Oyi ne ho* fi ɔhaw mu.+

24 Ɔhantanni a abufuw ahyɛ no ma no,

Wɔbɛfrɛ no ɔhantanni a ɔhoahoa ne ho a odwa n’anom.+

25 Ɔkwadwofo akɔnnɔde na ebekum no,

Efisɛ ɔmfa ne nsa nyɛ adwuma.+

26 Daa nyinaa n’ani bere ade papaapa.

Ɔtreneeni de, ɔkyɛ ade, na ɔmfa hwee nkame obiara.+

27 Abɔnefo afɔrebɔ yɛ akyiwade.+

Na sɛ adwemmɔne* bata ho de a, enye koraa!

28 Nea odi adanse a ɛnyɛ nokware no, ɔbɛyera,+

Na onipa a otie asɛm no, n’adanse begyina.*

29 Ɔbɔnefo yɛ n’anim sɛ ɔwɔ akokoduru ara ma,+

Nanso ɔtreneeni na n’akwan bewie yiye.*+

30 Nyansa ne nhumu ne afotu biara nni hɔ a ebetumi ne Yehowa adi asi.+

31 Wosiesie ɔpɔnkɔ ma ɔko da,+

Nanso Yehowa na nkwagye yɛ ne dea.+

22 Hwehwɛ din pa,* na ɛnyɛ ahonyade pii;+

Nkurɔfo bu wo a,* eye sen dwetɛ ne sika kɔkɔɔ.

 2 Osikani ne ohiani nyinaa, ade baako bi wɔ wɔn ho.*

Ɛne sɛ, Yehowa na ɔbɔɔ wɔn nyinaa.+

 3 Onyansafo* hu asiane, na ɔde ne ho sie,

Na ogyimifo de, ɛno ara ne sɛ ɔrekɔ, na otwa so aba.*

 4 Nea ahobrɛase ne Yehowa suro de ba ne

Ahonyade ne anuonyam ne nkwa.+

 5 Nsɔe ne mfiri wɔ okontomponi kwan mu,

Na obiara a ne nkwa* ho hia no de, ɔtwe ne ho fi ho kɔ akyirikyiri.+

 6 Kyerɛkyerɛ abofra* ɔkwan a ɔmfa so,+

Na sɛ onyin mpo a, ɔremman mfi ho.+

 7 Osikani di ohiani so,

Na nea ogye bosea no, ɔyɛ akoa ma nea ɔbɔɔ no bosea no.+

 8 Nea odua bɔne no, obetwa amanehunu,+

Na n’abufuw abaa awiei bɛba.+

 9 Onipa a ne yam ye* no, obenya nhyira,

Efisɛ ɔne ohiani kyɛ n’aduan.+

10 Pam ɔfɛwdifo,

Na akasakasa begyae;

Twe-ma-mentwe* ne adapaatwa to betwa.

11 Nea ɔdɔ koma a emu tew a ne kasa ho wɔ nyam no,

Ɔhene bɛfa no adamfo.+

12 Yehowa ani bɔ nimdeɛ ho ban,

Na nkontompofo nsɛm de, obutuw no.+

13 Ɔkwadwofo ka sɛ: “Gyata wɔ abɔnten!

Obekum me wɔ abɔnten!”+

14 Mmea a wɔaman* ano yɛ amoa donkudonku.+

Nea Yehowa abu no fɔ no, ɔno na ɔbɛtɔ mu.

15 Agyimisɛm kyekyere abofra* koma ho,+

Na nteɛso abaa beyi afi ne ho akɔ akyirikyiri.+

16 Nea osisi ohiani de nya ne ho+

Ne nea ɔkyɛ osikani ade no,

Ohia na ebehia wɔn.

17 Yɛ aso na tie anyansafo nsɛm,+

Sɛnea ɛbɛyɛ a wode me nimdeɛ bɛto wo koma so.+

18 Efisɛ eye sɛ wode besie wo komam,+

Sɛnea ɛbɛyɛ a ne nyinaa bɛda w’ano daa.+

19 Nea ɛbɛyɛ a wode wo ho bɛto Yehowa so no,

Merema wo nimdeɛ nnɛ.

20 Makyerɛw wo dedaw,

Na matu wo fo ama wo nimdeɛ,

21 Sɛ ɛnkyerɛ wo nsɛm a ɛyɛ nokware a enni huammɔ,

Sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de amanneɛbɔ a ɛyɛ nokware akɔma nea ɔsomaa wo no.

22 Nsisi ohiani, esiane sɛ ɔyɛ ohiani nti,+

Na ntiatia mmɔborɔwa so wɔ kurow pon ano.+

23 Efisɛ Yehowa ankasa bedi wɔn asɛm ama wɔn,+

Na obiara a osisi wɔn no, Obegye ne nkwa* afi ne nsam.

24 Wo ne onipa a ne bo fuw ntɛmntɛm mmfa yɔnko,

Na wo ne onipa a ne koko haw no mmmɔ,

25 Na woansua n’akwan da,

Na woansum wo ho* afiri.+

26 Mfa wo ho mfra wɔn a wokyiakyia nkurɔfo nsam de di agyinam no,

Wɔn a wosi awowa no.+

27 Sɛ woannya nea wode betua a,

Wobeyi wo mpa afi w’ase!

28 Mpiapia ɔhye a ɛwɔ hɔ fi tete no,

Nea w’agyanom atwa ato hɔ no.+

29 Woahu onipa a n’adwuma ho twa* anaa?

Ahemfo anim na obegyina;+

Ɔrennyina onipa biara kɛkɛ anim.

23 Sɛ wotena ase sɛ wo ne ɔhene rebedidi a,

Susuw nea esi w’anim no ho yiye;

 2 Sɛ woyɛ obi a wopɛ aduan paa* a,

Ɛnde fa sekan to wo mene mu.*

 3 Mma wo kɔn nnnɔ n’aduan sɔkyee* no,

Efisɛ ɛyɛ nnaadaa aduan.

 4 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade.+

Gyae, na da ntease adi.*

 5 Sɛ woto w’ani hwɛ ahonyade no a, worenhu,+

Efisɛ sɛnea ɛte biara, ebefuw ntaban te sɛ ɔkɔre na atu akɔ wim.+

 6 Nni obi a ɔyɛ pɛpɛe* aduan,

Na mma wo kɔn nnnɔ n’aduan sɔkyee* no,

 7 Efisɛ ɔte sɛ obi a nea wudi biara obu ho akontaa.*

Ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: “Didi na nom,” nanso ɛnyɛ ne yam a.*

 8 Nea woadi no, wobɛfe aba,

Na kamfo a wokamfoo no nyinaa bɛyɛ ɔkwa.

 9 Nkasa ngu ɔkwasea asom,+

Na obebu wo nsɛm a nyansa wom no animtiaa.+

10 Mpiapia ɔhye a ɛwɔ hɔ fi tete no,+

Na nnidi nkɔ agyanka afuw mu.

11 Efisɛ wɔn Kamafo* no ho yɛ den;

Ɔbɛko ama wɔn na wadi atia wo.+

12 Fa wo koma gye nteɛso tom,

Na fa w’aso tie nsɛm a ɛma nimdeɛ.

13 Mfa nteɛso nkame abofra.*+

Sɛ wode abaa hwe no a, ɔrenwu.

14 Fa abaa hwe no,

Na woagye no* afi Ɔdamoa* mu.

15 Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a,

Ɛnde me ara me koma bedi ahurusi.+

16 Sɛ w’ano ka nsɛm a ɛteɛ a,

M’ani begye wɔ me mu.*

17 Mma wo koma ani mmmere abɔnefo,+

Mmom suro Yehowa daa nyinaa.+

18 Woyɛ saa a, ebesi wo yiye daakye,+

Na wɔrentwa w’anidaso nkyene.

19 Me ba, tie na yɛ onyansafo,

Na ma wo koma mfa ɔkwantrenee so.

20 Nkɔka wɔn a wɔnom nsã* pii+

Ne wɔn a wodi nam fuu no ho.+

21 Efisɛ ebehia asabofo ne adidifo,*+

Na nea ɔtɔ nko no, ntamagow na obefura.

22 Tie wo papa a ɔwoo wo no,

Na mmu wo maame animtiaa esiane sɛ wabɔ aberewa nti.+

23 Tɔ* nokware, na ntɔn da,+

Tɔ nyansa ne nteɛso ne ntease nso.+

24 Anigye na ɔtreneeni papa benya;

Ɔba nyansafo papa bedi ne ho ahurusi.

25 Wo papa ne wo maame bedi ahurusi,

Na wo maame a ɔwoo wo ani agye.

26 Me ba, fa wo koma ma me,

Na ma w’ani nnye m’akwan ho.+

27 Na tuutuuni yɛ amoa a emu dɔ,

Na ɔbea a ne bra asɛe* yɛ abura a emu kwan sua.+

28 Ɔtetɛw te sɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo;+

Na ɔma mmarima a wɔnka nokware dɔɔso.

29 Hena na ɔwɔ amanehunu mu? Hena na ɔwɔ ahoyeraw mu?

Hena na ntɔkwaw ahyɛ no ma? Hena na ɔredi abooboo?

Hena na wapirapira opira hunu? Hena na n’ani ayɛ sann?

30 Ɛyɛ wɔn a wɔtena nsã* ho kyɛ;+

Wɔn a wɔkɔhwehwɛ nsã* a wɔafrafra.*

31 Nhwɛ nsã* a ani yɛ kɔɔ

Bere a ɛretwa ahuru wɔ kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no.

32 Efisɛ ebewie ase no, ɛbɛka te sɛ ɔwɔ,

Na ebepuw bɔre te sɛ ahurutoa.*

33 Wubehu nneɛma wɔ w’ani so,

Na wo koma bɛkeka nsɛnhunu.+

34 Wobɛyɛ sɛ obi a ɔda ɛpo mfinimfini,

Na wobɛyɛ sɛ obi a ɔda po so hyɛn dua so.

35 Wobɛka sɛ: “Wɔbɔɔ me, nanso mante.*

Wɔhwee me, nanso manhu.

Bere bɛn na mɛsɔre?+

Minyaa bio a, anka mɛnom.”*

24 Mma w’ani mmmere abɔnefo,

Na mma wo kɔn nnnɔ sɛ wo ne wɔn bɛbɔ.+

 2 Efisɛ wɔn koma dwen awudisɛm ho,

Na wɔn ano keka mmusu.

 3 Nyansa na wɔde si ofi,*+

Na nhumu na ɛma egyina.

 4 Nimdeɛ na wɔde nya nneɛma hyɛ emu adan ma,

Nneɛma a ɛsom bo ne afɛfɛde nyinaa bi.+

 5 Onyansafo ho yɛ den,+

Na nimdeɛ ma onipa ahoɔden dɔɔso.

 6 Akwankyerɛ pa na wode bɛkɔ wo ko,+

Na afotufo* dodow mu na nkonimdi wɔ.*+

 7 Ɔkwasea de, ne nsa ntumi nka nyansa;*+

Onni hwee ka wɔ kurow pon ano.

 8 Obiara a ɔbɔ pɔw bɔne no,

Wɔbɛfrɛ no adwemmɔnefo hene.+

 9 Nkwaseadwene yɛ bɔne,

Na nkurɔfo kyi ɔfɛwdifo.+

10 Sɛ w’aba mu bu amanehunu da* mu a,

W’ahoɔden bɛyɛ ketewaa bi.

11 Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ owu mu,

Na gye wɔn a wɔrehinhim wɔ okum kwan so no.+

12 Sɛ woka sɛ: “O, na yennim” a,

Nea Ɔhwehwɛ koma mu* no renhu anaa?+

Yiw, Nea n’ani hwɛ wo* no behu,

Na obetua onipa biara ka sɛnea ne nnwuma te.+

13 Me ba, di ɛwo, efisɛ eye;

Ɛwo a efi ɛwokyɛm mu yɛ dɛ paa.

14 Saa ara na nyansa te; hu sɛ eye ma wo.*+

Sɛ wunya bi a, ebesi wo yiye daakye,

Na wɔrentwa w’anidaso nkyene.+

15 Nyɛ wo ho sɛ ɔbɔnefo nkɔtɛw baabi a ɛbɛn ɔtreneeni fi;

Nsɛe baabi a ogye n’ahome.

16 Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsan asɔre;+

Na abɔnefo de, mmusu bɛma wɔahwe ase.+

17 Sɛ wo tamfo hwe ase a, nni ahurusi,

Na sɛ biribi to no hintidua a, mma wo koma ani nnnye.+

18 Anyɛ saa a, Yehowa behu, na n’ani rennye ho,

Na Ɔbɛdan n’abufuw afi no* so.+

19 Mma wo bo mmfuw* esiane abɔnefo nti,

Na mma w’ani mmmere nnipa bɔnefo.

20 Efisɛ anidaso biara nni hɔ mma ɔbɔnefo biara;+

Na wobedum abɔnefo kanea.+

21 Me ba, suro Yehowa ne ɔhene,+

Na wo ne atuatewfo* mmmɔ,+

22 Efisɛ wɔn amanehunu bɛba prɛko pɛ.+

Hena na onim ɔsɛe a wɔn baanu* de bɛba wɔn so?+

23 Saa nsɛm yi nso yɛ anyansafo dea:

Atemmu mu animhwɛ de, enye.+

24 Obiara a ɔka kyerɛ ɔbɔnefo sɛ: “Woyɛ ɔtreneeni” no,+

Aman bɛdome no, na amanaman bebu no obusuyɛfo.

25 Na wɔn a wɔkasa kyerɛ no de, ebesi wɔn yiye;+

Wɔde nneɛma pa behyira wɔn.+

26 Nea ɔma mmuae a ɛyɛ nokware no, nkurɔfo befew n’ano.*+

27 Yɛ w’abɔnten adwuma wie, na toto biribiara kama wɔ w’afuw mu;

Wuwie a, na woasi wo fi.*

28 Nni adanse ntia wo yɔnko bere a wunni nnyinaso biara.+

Mfa w’ano nnaadaa nkurɔfo.+

29 Nka sɛ: “Nea wayɛ me no, saa ara na me nso mɛyɛ no;

Nea ɔyɛɛ me no, mɛyɛ no bi atua ka.”+

30 Mitwaam wɔ ɔkwadwofo afuw ho,+

Na mekɔfaa ɔbarima a wagyimi* bobefuw* ho.

31 Mihui sɛ nwura agye afa;

Nsasono afa ase nyinaa,

Na abo a wɔde agye ho ban no abubu.+

32 Mehwɛe, na midwen ho wɔ me komam;

Mihui, na nea misuae ni:*

33 Mereda kakra, meretɔ nko kakra,

Merebobɔw me nsa ahome kakra;

34 Wode saa ara na wo hia aba sɛ ɔkorɔmfo,

Na w’ahokyere aba sɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo.+

25 Eyinom nso yɛ Solomon mmebusɛm+ a Yuda hene Hesekia+ mmarima kyerɛwee:*

 2 Onyankopɔn anuonyam ne asɛm a wɔkora so,+

Na ahemfo anuonyam ne sɛ wɔbɛhwehwɛ asɛm mu.

 3 Sɛnea ɔsoro ware na asaase mu dɔ no,

Saa ara na ahemfo komam te; wɔrentumi nhwehwɛ mu nwie.

 4 Yiyi dwetɛ mu fĩ,

Na ne nyinaa bɛyɛ dwetɛ amapa.+

 5 Yi ɔbɔnefo fi ɔhene anim,

Na n’ahengua betim wɔ trenee mu.+

 6 Nhyɛ wo ho anuonyam wɔ ɔhene anim,+

Na nkogyina baabi a atitiriw gyina.+

 7 Efisɛ eye sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: “Bra soro ha,”

Sen sɛ obegu w’anim ase wɔ otitiriw anim.+

 8 Mpere wo ho nkɔtwe manso,

Na sɛ akyiri yi wo yɔnko gu w’anim ase a, dɛn na wobɛyɛ?+

 9 Wo ne wo yɔnko wɔ asɛm a, wo ne no nsiesie,+

Na nyi kokoam nsɛm* adi,+

10 Sɛnea ɛbɛyɛ a, nea ɔretie wo no rengu w’anim ase,

Na woankeka nsɛmmɔne* a worentumi ntwe nsan.

11 Sɛnea sika kɔkɔɔ aduaba* a egu dwetɛ anwenne* mu te no,

Saa ara na asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu te.+

12 Sɛnea sika kɔkɔɔ asomuade ne sika kɔkɔɔ amapa agude te no,

Saa ara na onyansafo a ɔkasa kyerɛ nkurɔfo nso te ma aso a etie asɛm.+

13 Sɛnea sukyerɛmma nwini te wɔ twabere mu no,

Saa ara na ɔsomafo nokwafo te ma wɔn a wɔsomaa no no,

Efisɛ ɔma ne wura* ho dwo no.+

14 Sɛnea amununkum ne mframa a osu nni mu te no,

Saa ara na onipa a odwa n’anom sɛ ɔbɛkyɛ ade nanso ɔnkyɛ no* te.+

15 Ntoboase na wɔde sesa ɔsahene adwene,

Na tɛkrɛma a edwo* tumi bu dompe mu.+

16 Sɛ wunya ɛwo a, di nea wuhia nko ara,

Efisɛ wudi boro so a, anhwɛ a wobɛfe.+

17 Ntaa nkɔ* wo yɔnko fi,

Anyɛ saa a, wo ho bɛfono no ama watan wo.

18 Sɛnea aporibaa a wɔde kɔ ɔko ne sekan ne agyan a ano yɛ nnam te no,

Saa ara na onipa a odi ne yɔnko ho adanse a ɛnyɛ nokware no te.+

19 Sɛnea ɛse a abubu, ne nan a afekyere te no,

Saa ara na ahotoso a wonya wɔ okontomponi* mu wɔ amanehunu bere mu no te.

20 Nea ɔto nnwom kyerɛ koma a ɛredi awerɛhow no,

Ɔte sɛ obi a oyi n’ataade wɔ awɔw bere mu,

Anaa nsã a emu kaw a wohwie gu nkyene* so.+

21 Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a,* ma no aduan nni;

Sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom,+

22 Woyɛ saa a, na woreboaboa nnyansramma ano agu n’apampam,*+

Na Yehowa bɛma wo akatua.

23 Atifi mframa ma osu tɔ,

Na tɛkrɛma a edi nseku ma onipa muna.+

24 Eye sɛ wobɛtena mmantwea baabi wɔ ɔdan atifi

Sen sɛ wo ne ɔyere a ɔpɛ ntɔkwaw* bɛtena ofi baako mu.+

25 Sɛnea nsuonwini yɛ ɔkra* a wabrɛ no,

Saa ara na amanneɛbɔ pa a efi akyirikyiri asaase so te.+

26 Sɛnea asuti a wɔayɛ no fĩ ne abura a asɛe te no,

Saa ara na ɔtreneeni a ogyaa ne ho ma ɔbɔnefo* te.

27 Ɛnyɛ papa sɛ wubedi ɛwo pii,+

Na anuonyam biara nnim sɛ obi bɛhwehwɛ ɔno ara anuonyam.+

28 Sɛnea kurow a wɔabubu n’afasu te no,

Saa ara na onipa a ontumi nhyɛ n’abufuw so* te.+

26 Sɛnea sukyerɛmma ntɔ ahohuru bere mu, na osu ntɔ twabere mu no,

Saa ara na anuonyam mfata ɔkwasea.+

 2 Sɛnea anomaa nguan kwa, na asomfena ntu kwa no,

Saa ara na nnome mma kwa.*

 3 Abaa* wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afurum,+

Na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafo akyi.+

 4 Mma ɔkwasea mmuae sɛnea ne nkwaseasɛm te,

Na woanyɛ sɛ ɔno.*

 5 Ma ɔkwasea mmuae wɔ ne nkwaseasɛm ho,

Na n’adwene anyɛ no sɛ onim nyansa.+

 6 Nea ɔde asɛm hyɛ ɔkwasea nsa no,

Ɔte sɛ onipa a obubu ɔno ara ne nan na opira ne ho.*

 7 Sɛnea apakye nan wosowosow* no,

Saa ara na abebusɛm te wɔ nkwaseafo anom.+

 8 Sɛnea ɔbo a wɔde ataabo akyekyere te no,

Saa ara na ɔkwasea a wɔhyɛ no anuonyam te.+

 9 Sɛnea nsɔe dua te wɔ ɔsabofo nsam no,

Saa ara na nkwaseafo anom abebusɛm te.

10 Sɛnea obi a ɔtow agyan pirapira nkurɔfo basabasa* te no,

Saa ara na obi a ɔbɔ nkwaseafo anaa wɔn a wɔretwam paa no te.

11 Sɛnea ɔkraman a ɔsan kɔ ne fe ho te no,

Saa ara na ɔkwasea tĩ ne nkwaseasɛm mu.+

12 Woahu onipa a n’adwene yɛ no sɛ ɔyɛ onyansafo?+

Anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.

13 Ɔkwadwofo ka sɛ: “Gyata a ne ho yɛ den wɔ kwan so,

Gyata bi wɔ abɔnten!”+

14 Sɛnea ɔpon kɔ n’anim ba n’akyi no,*

Saa ara na ɔkwadwofo dannan ne ho wɔ ne mpa so.+

15 Ɔkwadwofo de ne nsa ato ayowa mu,

Nanso wabrɛ dodo sɛ ɔde bɛkɔ n’ano.+

16 Ɔkwadwofo adwene yɛ no sɛ onim nyansa

Sen nnipa baason a wɔma mmuae a nyansa wom.

17 Nea ɔretwam a ntɔkwaw a ɛmfa ne ho ma ne bo fuw* no,

Ɔte sɛ obi a oso ɔkraman aso.+

18 Sɛnea ɔbɔdamfo totow peaw a ogya wɔ ano ne agyan a edi awu* no,

19 Saa ara na onipa a ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka sɛ: “Ɛyɛ agoru na meredi” no te.+

20 Sɛ anyina nni hɔ a, ogya dum,

Na sɛ dinsɛefo nni hɔ a, ntɔkwaw to twa.+

21 Sɛnea gyabiriw wɔ hɔ ma nsramma a ɛredum, na anyina wɔ hɔ ma ogya no,

Saa ara na ntɔkwapɛfo soso ogya gu akasakasa mu.+

22 Nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ne nsɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;*

Nkurɔfo memene kogu wɔn yafunu mu tɔnn.+

23 Nsɛm a ɛyɛ dɛ* a efi koma bɔne mu no,

Ɛte sɛ ayowa sin a wɔde dwetɛ adura ho.+

24 Nea ɔtan nkurɔfo no, ɔde n’ano kata ɔtan no so,

Nanso ɔde nnaadaa hyɛ ne mu.

25 Ɔbɛka nsɛm dɛdɛɛdɛ, nanso nnye no nni,

Efisɛ akyiwade ason wɔ ne koma mu.*

26 Ɔde nnaadaa akata ɔtan no so,

Nanso ne bɔne bɛda adi asafo mu.

27 Nea otu amoa no, ɔbɛtɔ mu,

Na obiara a opia ɔbo no, ɛbɛsan aba no so.+

28 Atoro tɛkrɛma tan wɔn a epira wɔn no,

Na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ sɛe ade.+

27 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,

Na wunnim nea ɛda biara de bɛba.*+

 2 Ma obi* nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ankasa w’ano;

Ma nkurɔfo* nyɛ, na ɛnyɛ wo ara w’ano.*+

 3 Ɔbo mu yɛ duru, na anwea nso mu yɛ duru,

Nanso ɔkwasea agyigyesɛm mu yɛ duru sen n’abien nyinaa.+

 4 Abufuw yɛ atirimɔden, na abufuhyew te sɛ nsuyiri,

Na ninkuntwe de, hena na obetumi agyina ano?+

 5 Ɔkasakyerɛ pefee ye sen ɔdɔ a ahintaw.+

 6 Sɛ adamfo pira wo a, ɛyɛ nokwaredi ntia,+

Na ɔtamfo mfewano de, ɛdɔɔso.*

 7 Obi a wamee* no, woma no ɛwokyɛm a ɔrennye,*

Na nea ɔkɔm de no* de, ade a ɛyɛ nwene mpo yɛ no dɛ.

 8 Sɛnea anomaa a waman afi* ne berebuw ho te no,

Saa ara na onipa a waman afi ne fi te nen.

 9 Ngo ne aduhuam ma koma di ahurusi,

Saa ara na adamfo a otu fo a ɔmfa biribiara nsie* no ma adamfofa yɛ dɛ.+

10 Ntow w’adamfo anaa wo papa adamfo nkyene,

Na nkowura wo ara wo nua fi w’amanehunu da;

Ofipamfo a ɔbɛn ye sen onua a ɔwɔ akyirikyiri.+

11 Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam,*+

Na manya asɛm abua nea otwa me adapaa.+

12 Onyansafo* hu asiane, na ɔde ne ho sie,+

Na ogyimifo de, ɛno ara ne sɛ ɔrekɔ, na otwa so aba.*

13 Sɛ ɔbarima di agyinam ma ɔhɔho a, gye ne ntama;

Sɛ odii agyinam maa ɔbea hɔho* a, ɛnde gye ade a ɔde sii awowa no fi ne nsam.+

14 Sɛ obi de nne kɛse hyira ne yɔnko anɔpatutuutu a,

Wobebu no sɛ nnome ama no.

15 Ɔyere a ɔpɛ ntɔkwaw* no, ɔte sɛ ɔdan a enwini wɔ osutɔ da a ennyae.+

16 Obiara a obetumi adwudwo no no, obetumi adwudwo mframa,

Na obetumi de ne nsa nifa aso ngo mu.

17 Sɛnea dade sew dade ano no,

Saa ara na onipa nso sew n’adamfo anim.+

18 Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua so no, obedi n’aba,+

Na nea ɔhwɛ* ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam.+

19 Sɛnea obi hu n’anim wɔ nsu mu no,

Saa ara na onipa hu ne koma wɔ onipa foforo de mu.

20 Ɔdamoa* ne ɔsɛe amoa* mmee da,+

Saa ara na onipa ani nso mmee da.

21 Kuku a wɔnan ade wom wɔ hɔ ma dwetɛ, ɛnna fononoo wɔ hɔ ma sika kɔkɔɔ;+

Saa ara na nkamfo a onipa nya na wɔde sɔ no hwɛ.*

22 Sɛ wode ɔwɔmma siw ɔkwasea

Te sɛ nea wosiw hwiit* wɔ waduru mu mpo a,

Ne nkwaseasɛm no remfi ne ho.

23 Ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea wo nguan te yiye.

Hwɛ wo nguan yiye.*+

24 Na ahonyade rentena hɔ daa,+

Na ahenkyɛw* nso rentena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.

25 Sare momono kɔ, na sare foforo fifi,

Na wɔboaboa mmepɔw so nhabamma ano.

26 Adwennini nkumaa ma wunya ntama,

Na mpapo ma wunya sika a wɔde tɔ asaase.

27 Wubenya mpɔnkye nufusu pii anom,

Wo fifo benya bi anom, na wo mmaawa nso bɛnom bi.

28 Abɔnefo guan bere a obiara ntaa wɔn,

Na atreneefo de, wɔwɔ akokoduru te sɛ gyata.*+

 2 Sɛ mmarato* wɔ kurow mu a, ɔhene baako ba a, na ɔkɔ, na ɔfoforo nso aba,+

Nanso onipa a ɔwɔ nhumu ne nimdeɛ betumi ama ɔhene atena so akyɛ.+

 3 Ɔbarima hiani a osisi mmɔborɔwafo no,+

Ɔte sɛ osu a ɛpra aduan nyinaa kɔ.

 4 Wɔn a wɔmfa mmara nyɛ hwee no yi abɔnefo ayɛ,

Na wɔn a wodi mmara so de, wɔn ani bere abɔnefo so.+

 5 Abɔnefo rentumi nte atɛntrenee ase,

Na wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, wobetumi ate biribiara ase.+

 6 Ohiani a n’abrabɔ di mu no,

Oye sen osikani a n’akwan aporɔw.+

 7 Ɔba a ɔwɔ ntease di mmara so,

Na nea ɔne adidifo* bɔ de, ogu ne papa anim ase.+

 8 Nea ɔde nsiho+ ne apoobɔ nya ahonyade pii no,

Ɔboaboa ano ma nea ohu ahiafo mmɔbɔ.+

 9 Nea ontie mmara no,

Ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwade.+

10 Nea odi atreneefo anim kɔ bɔne kwan so no, ɔbɛtɔ n’ankasa amoa mu,+

Na wɔn a wɔn ho nni asɛm de, wobenya adepa sɛ wɔn agyapade.+

11 Osikani yɛ onyansafo wɔ ɔno ara ani so,+

Na ohiani a ɔwɔ nhumu de, ohu nea ɛwɔ osikani no mu.+

12 Sɛ atreneefo di nkonim a, ɛde anuonyam kɛse ba,

Nanso sɛ abɔnefo bedi tumi a, nkurɔfo de wɔn ho sie.+

13 Nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye,+

Na obiara a ɔka ne mmarato na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.+

14 Anigye ne onipa a daa ɔhwɛ ne ho yiye,*

Na obiara a opirim ne koma de, ɔbɛhwe mmusu mu.+

15 Sodifo bɔne a odi mmɔborɔwafo so no,+

Ɔte sɛ gyata a ɔbobom ne osisi a ɔde anibere kɔ obi so.

16 Ɔhene a onni nhumu no, ɔde ne tumi yɛ nea ɔpɛ,+

Na nea okyi mfaso bɔne de, ɔbɛma ne nkwa ayɛ tenten.+

17 Onipa a wakum obi* a enti odi mogya ho fɔ no, obeguan ara akɔtɔ ɔdamoa* mu.+

Mma obiara mmmoa no.

18 Nea ɔnam tẽẽ no benya nkwa,+

Na nea n’akwan akyea de, ɔbɛhwe ase prɛko pɛ.+

19 Nea ɔdɔw n’asaase no benya aduan pii,

Na nea odi adehunu akyi de, ohia na ebehia no.+

20 Ɔnokwafo benya nhyira pii,+

Na nea ɔrepɛ ntɛm anya ne ho de, ɔremfa ne ho nni.+

21 Ɛnyɛ papa sɛ wobɛyɛ animhwɛ;+

Nanso paanoo sin nti, ɔbarima tumi yɛ bɔne.

22 Oniberefo* repɛ ntɛm anya ne ho,

Nanso onnim sɛ ohia na ebehia no.

23 Obiara a ɔkasa kyerɛ obi no,+ akyiri yi obenya anuonyam pii+

Asen nea ɔde ne tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ.

24 Obiara a ɔbɔ ne papa ne ne maame korɔn na ɔka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne” no,+

Ne yɔnko ne ɔdesɛefo.+

25 Odifudepɛfo* hwanyan ntɔkwaw mu,

Na obiara a ɔde ne ho to Yehowa so de, ebesi no yiye.*+

26 Obiara a ɔde ne ho to n’ankasa koma so yɛ ɔkwasea,+

Na nea ɔnantew nyansa mu de, wobegye no.+

27 Obiara a ɔma ahiafo ade no, hwee renhia no,+

Na nea oyi n’ani fi wɔn so de, obenya nnome pii.

28 Sɛ abɔnefo bedi tumi a, nnipa de wɔn ho sie;

Na sɛ wɔyera a, atreneefo dɔɔso.+

29 Onipa a wɔakasa akyerɛ no mpɛn pii a osen ne kɔn no,*+

Wobebubu no mpofirim, na ɔrennya ayaresa da.+

 2 Atreneefo dɔɔso a, ɔman di ahurusi,

Na ɔbɔnefo di tumi a, ɔmanfo di yaw.*+

 3 Onipa a n’ani gye nyansa ho no, ɔma ne papa di ahurusi,+

Na nea ɔne tuutuufo bɔ de, ɔsɛe n’ahonyade.+

 4 Ɔhene de atɛntrenee na ɛma ɔman gyina,+

Na onipa a ɔpɛ adanmude* de, ɔbɔ ɔman.

 5 Ɔbarima a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no,

Ɔde asau sum ne nan afiri.+

 6 Ɔbɔnefo mmarato sum no afiri,+

Na ɔtreneeni de, ɔteɛm di ahurusi, na n’ani gye.+

 7 Ɔtreneeni dwen ohiani ahofadi ho,+

Na ɔbɔnefo de, ɛho asɛm nhia no.+

 8 Nnipa a wodwa wɔn anom no, wɔma ogya tɔ kurow mu,+

Na anyansafo de, wɔma abufuw to twa.+

 9 Sɛ onyansafo ne ɔkwasea nya akasakasa a,

Ɛbɛyɛ abufuw ne fɛwdi, na ɛrenyɛ ahotɔ.+

10 Awudifo tan obiara a ne ho nni asɛm,+

Na wɔde si wɔn ani so sɛ wobegye atreneefo nkwa* afi wɔn nsam.*

11 Ɔkwasea yi n’abufuw* nyinaa adi,+

Na onyansafo de, ɔyɛ dinn hyɛ ne ho so.+

12 Sɛ ɔhene tie atosɛm a,

Ne nkoa nyinaa bɛyɛ abɔnefo.+

13 Ohiani ne obi a ɔhyɛ nnipa so wɔ ade baako bi wɔ wɔn ho.*

Ɛne sɛ, Yehowa ma wɔn nyinaa ani hu hann.*

14 Sɛ ɔhene bu atɛntrenee ma ohiani a,+

N’ahengua betim daa.+

15 Abaa* ne ɔkasakyerɛ ma nyansa,+

Na abofra a wogyaa no ma ɔyɛ nea ɔpɛ no,* ɔhyɛ ne maame aniwu.

16 Sɛ abɔnefo dɔɔso a, mmarato dɔɔso,

Na atreneefo behu wɔn ahwease.+

17 Teɛ wo ba so, na ɔbɛma woahome,

Na ɔbɛma woanya* anigye bebree.+

18 Anisoadehu* nni hɔ a, ɔmanfo yɛ nea wɔpɛ,+

Na wɔn a wodi mmara so de, wɔn ani gye.+

19 Akoa rentie kasakyerɛ;

Ɛwom sɛ ɔte asɛm no ase, nanso ɔrentie.+

20 Woahu onipa a ɔpere ne ho wɔ ne kasa mu?+

Anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.+

21 Sɛ wogyigye akoa so fi ne mmofraase a,

Akyiri yi ɔbɛyɛ bonniayɛfo.

22 Onipa a ne bo fuw ntɛm no ma ntɔkwaw ba;*+

Obiara a ne koko haw no no, ne mmarato dɔɔso.+

23 Onipa ahantan bɛbrɛ no ase,+

Na obiara a ɔbrɛ ne ho ase wɔ honhom mu no, obenya anuonyam.+

24 Nea ne yɔnko ne ɔkorɔmfo no tan ne ho.*

Ɔbɛte sɛ wɔrefrɛ no sɛ ommedi adanse,* nanso ɔremmɛka hwee.+

25 Onipa ho suro* yɛ* afiri,+

Na nea ɔde ne ho to Yehowa so no, obenya ahobammɔ.+

26 Nnipa pii pɛ sɛ wɔka wɔn asɛm kyerɛ ɔhene,*

Nanso Yehowa hɔ na onipa nya atɛntrenee fi.+

27 Ɔtreneeni kyi onipa a n’akwan akyea,+

Na ɔbɔnefo de, okyi onipa a n’akwan teɛ.+

30 Yake ba Agur nsɛm a emu yɛ duru. Ɔka kyerɛɛ Itiel, Itiel ne Ukal.

 2 Me na minnim hwee koraa wɔ nnipa mu,+

Na ntease a ɛsɛ sɛ nnipa nya no, minni bi.

 3 Minsuaa nyansa,

Na minni Ɔkronkronni no nimdeɛ no bi.*

 4 Hena na waforo akɔ soro na wasian?+

Hena na ɔde ne nsa abien akyere mframa?

Hena na ɔde ne ntama akyekyere nsu?+

Hena na ɔde asaase ano nyinaa tintim hɔ?*+

Sɛ wunim a, ne din de dɛn, na ne ba din de dɛn?

 5 Onyankopɔn asɛm biara ho tew.+

Ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ ahobammɔ wɔ ne nkyɛn.+

 6 Mfa biribiara nka ne nsɛm ho,+

Anyɛ saa a, ɔbɛka w’anim,

Na wobɛyɛ ɔtorofo.

 7 Nneɛma abien na mesrɛ fi wo hɔ.

Bere a minwui yi, mfa nkame me.

 8 Yi nkontompo ne atoro fi me ho kɔ akyirikyiri.+

Mma me ohia anaa ahonyade.

Ma me aduan a ɛbɛso me na minni,+

 9 Na mammee anka sɛ minnim wo, na mammisa sɛ, “Hena ne Yehowa?”+

Na mma ennhia me, na manwia ade angu me Nyankopɔn din ho fĩ.*

10 Nsɛe akoa din nkyerɛ ne wura,

Na wannome wo amma woanni fɔ.+

11 Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔdome wɔn papa,

Na wonhyira wɔn maame.+

12 Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔn ho tew wɔn ankasa ani so,+

Nanso wɔnhohoroo wɔn ho fĩ.*

13 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ani ntɔn,

Na wɔn ani nsɔ ade koraa!+

14 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ sekan,

Wɔn apantan yɛ sekan a wɔde di awu,

Na wɔde we mmɔborɔwafo a wɔwɔ asaase so

Ne ahiafo fi nnipa mu.+

15 Amemem* wɔ mma mmea baanu a wɔteɛm sɛ: “Fa bra! Fa bra!”

Nneɛma abiɛsa bi wɔ hɔ a, ɛmmee da,

Na nneɛma anan bi wɔ hɔ a, ɛnka sɛ: “Ayɛ yiye!”

16 Ɔdamoa*+ ne ɔyafunu a ɛnwo,

Asaase a ennya nsu,

Ne ogya a ɛnka da sɛ,

“Ayɛ yiye!”

17 Ani a edi ne papa ho fɛw na ebu ne maame asɛm animtiaa no,*+

Subon mu kwaakwaadabi betutu,

Na ɔkɔre mma abedi.+

18 Nneɛma abiɛsa bi wɔ hɔ a, ɛboro m’adwene so,*

Na anan na mente ase:

19 Ɔkɔre kwan wɔ wim,

Ɔwɔ kwan wɔ abotan so,

Ɛhyɛn kwan wɔ ɛpo so,

Ne ɔbarima kwan wɔ ababaa ho.

20 Ɔbea waresɛefo kwan ni:

Odidi, ɔpopa n’ano;

Na ɔka sɛ, “Menyɛɛ bɔne biara.”+

21 Nneɛma abiɛsa na ɛwosow asaase,

Na anan yi na entumi nnyina ano:

22 Bere a akoa abedi hene,+

Bere a ɔkwasea adidi aboro so,*

23 Bere a ɔbea a obiara tan no* anya kunu,

Ne bere a abaawa apam n’awuraa na wakɔhyɛ n’anan.+

24 Nneɛma anan yi yɛ asaase so nneɛma a esusua no bi,

Nanso wɔde nyansa ahyɛ wɔn mu:*+

25 Ntɛtea yɛ abɔde a wonni ahoɔden,*

Nanso wosiesie wɔn aduan ahohuru bere mu.+

26 Nkukuban+ nyɛ abɔde akɛse,*

Nanso wɔyɛ wɔn dan wɔ abotan mu.+

27 Ntutummɛ+ nni ɔhene,

Nanso sɛ wɔrekɔ a, wɔn nyinaa hyehyɛ wɔn ho akuwakuw.+

28 Ɔdannena+ de ne nan so ade mu denneennen,

Na ɔkɔ ɔhene ahemfi.

29 Nneɛma abiɛsa na sɛ wɔretutu wɔn nan a, woyi akyẽa,

Na anan yi na wɔn nantew yɛ fɛ:

30 Gyata, mmoa mu ɔhoɔdenfo

A ɔnnan ne ho mfi obiara anim;+

31 Ɔkraman a wɔde no kɔ ahayɔ; ɔpapo;

Ne ɔhene a n’asraafo ka ne ho.

32 Sɛ woadi nkwaseasɛm ama wo ho so,+

Anaa woabɔ pɔw sɛ wobɛyɛ saa a,

Fa wo nsa to w’ano.+

33 Efisɛ wunu nufusu mu ara a,* bɔta na ɛba,

Na wumia hwene a, mogya na ɛba,

Saa ara na sɛ wohwanyan abufuw a, akasakasa na ɛba.+

31 Ɔhene Lemuel nsɛm. Ɛyɛ nsɛm a emu yɛ duru a ne maame de yɛɛ ɔkasakyerɛ maa no:+

 2 O me ba, dɛn na menka nkyerɛ wo,

O me yafunu mu ba, dɛn na menka,

Dɛn koraa na menka, O me bɔhyɛ ba?+

 3 Mfa w’ahoɔden mma mmea,+

Na mfa akwan a ɛsɛe ahemfo no so.+

 4 O Lemuel, ɛmfata ahemfo,

Ɛmfata ahemfo sɛ wɔbɛnom nsã,*

Na ɛmfata ahemfo sɛ wobebisa sɛ, “Me nsã wɔ he?”+

 5 Na wɔannom amma wɔn werɛ amfi nea wɔahyɛ ato hɔ,

Na wɔantiatia mmɔborɔwafo fahodi so.

 6 Momfa nsã a ano yɛ den mma wɔn a wɔrewu,+

Na momfa nsã* mma wɔn a wɔabotow.*+

 7 Momma wɔnnom na wɔn werɛ mfi wɔn hia;

Mommma wɔnnkae wɔn haw bio.

 8 Kasa ma wɔn a wontumi nkasa,

Pere wɔn a wɔrewu no ahofadi ma wɔn.+

 9 Kasa na bu atɛntrenee;

Pere mmɔborɔwafo ne ahiafo ahofadi ma wɔn.*+

א [Aleph]

10 Ɔyere pa,* hena na obenya?+

Ne bo yɛ den sen ɛpo mu abohene* koraa.

ב [Beth]

11 Ne kunu de ne koma nyinaa gye no di,

Na adepa biara mmɔ ne kunu.

ג [Gimel]

12 Ne nkwa nna nyinaa,

Ɔde papa tua ne kunu ka, na ɛnyɛ bɔne.

ד [Daleth]

13 Ɔhwehwɛ ntama pa ne nwera;

Ɔde ne nsa yɛ adwuma anigye so.+

ה [He]

14 Ɔte sɛ oguadini ahyɛn;+

Ɔde n’aduan fi akyirikyiri ba.

ו [Waw]

15 Ade nnya nkyee koraa no, na wasɔre,

Na wama ne fifo aduan,

Na ɔde ne mmaawa nso aduan* ama wɔn.+

ז [Zayin]

16 Odwen asaase ho, na ɔtɔ;

Ɔde nea wabrɛ anya* yɛ bobefuw.*

ח [Heth]

17 Osiesie ne ho ma adwumaden,*+

Na ɔhyɛ n’abasa mu den.

ט [Teth]

18 Ohu sɛ n’aguadi ma onya mfaso;

Ne kanea nnum anadwo.

י [Yod]

19 Ɔde ne nsa so asaawa donno mu,

Na ɔde ne nsa so akorokorowa mu.*+

כ [Kaph]

20 Ɔteɛ ne nsa ma mmɔborɔwafo,

Na obue ne nsam ma ahiafo.+

ל [Lamed]

21 Onsuro sɛ awɔw bɛde ne fifo,*

Efisɛ ne fifo nyinaa hyehyɛ ntaade a ɛma wɔn ho yɛ wɔn hyew.*

מ [Mem]

22 Ɔyɛ ɔno ara ne mpasotam.

Ne ntama yɛ nwera ne ntama afasebiri.

נ [Nun]

23 Wonim ne kunu yiye wɔ kurow apon ano,+

Baabi a ɔne asaase no so mpanyimfo tena no.

ס [Samekh]

24 Ɔpam ntaade* tɔn,

Na ɔde abɔso ma aguadifo.

ע [Ayin]

25 Ntama a efura no yɛ ahoɔden ne anuonyam,

Na ɔde ahotoso hwɛ daakye kwan.*

פ [Pe]

26 Obue n’ano nyansam;+

Ayamye mmara* wɔ ne tɛkrɛma so.

צ [Tsade]

27 Ɔhwɛ ne fifo adwuma so,

Na onni anihaw aduan.+

ק [Qoph]

28 Ne mma sɔre, na wɔfrɛ no anigye;

Ne kunu sɔre, na oyi no ayɛ.

ר [Resh]

29 Mmea pii bɔ mmɔden,*

Na wo de, wokyɛn wɔn nyinaa.

ש [Shin]

30 Ahoɔfɛ krabɛhwɛ betumi ayɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ tumi twam ntɛm,*+

Na ɔbea a osuro Yehowa de, wobeyi no ayɛ.+

ת [Taw]

31 Momma no akatua wɔ nea ɔyɛ ho,*+

Na momma ne nnwuma nyi no ayɛ wɔ kurow apon ano.+

Nt., “nhu.”

Anaa “atɛn turodoo.”

Anaa “nea ɛda ne kwan mu.”

Anaa “ɔbabun.”

Anaa “Ɔbadwemma.”

Anaa “aborɔme.”

Anaa “mmara.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “asade.”

Anaa “Fa wo ntama bɛbɔ yɛn de ano.”

Anaa “Na yɛn nyinaa benya sika kotoku baako.”

Anaa “akra.”

Anaa “kra.”

Anaa “Nokware nyansa.”

Nt., “wobedi so aba.”

Anaa “nhyehyɛe; tirimbɔ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ɔbea nanani.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ nea ɔmmɔ bra a ɛsɔ Onyankopɔn ani.

Nt., “ɔbea hɔho.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ nea ɔmmɔ bra a Onyankopɔn ani gye ho.

Anaa “ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm.”

Anaa “kunu.”

Nt., “anammɔnkwan.”

Anaa “wɔn a wɔn abrabɔ di mu.”

Anaa “mmara.”

Anaa “nkwa mfe.”

Anaa “nokware.”

Nt., “ntweri.”

Nt., “funuma.”

Anaa “Nea wunya.”

Anaa “nea eye paa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Onyankopɔn suban ahorow a wɔabobɔ din wɔ nkyekyɛm a edi anim no ho.

Anaa “wo kra.”

Anaa “wo nan renhintiw.”

Anaa “tumi wɔ wo nsam.”

Anaa “mmara.”

Anaa “ade titiriw.”

Anaa “wo nkwa mfe bɛdɔɔso.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “wɔn honam nyinaa.”

Anaa “nnaadaasɛm.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Susuw w’anammɔn kwan ho yiye.”

Nt., “Ɔbea nanani.” Hwɛ Mme 2:16.

Anaa “n’ano yɛ dɛ.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ansɛe w’ahoɔden.”

Nt., “Wɔ bagua no ne asafo no mu.”

Anaa “w’asuti.”

Anaa “wansan bere.”

Anaa “Ma ne nufu mma w’ani nnye.”

Nt., “ɔbea nanani.” Hwɛ Mme 2:16.

Nt., “ɔbea hɔho.” Hwɛ Mme 2:16.

Nt., “woadi agyinam ama wo yɔnko.”

Kyerɛ sɛ, woakyia ne nsam de ahyɛ bɔ.

Anaa “w’ano ayi ka ama wo.”

Anaa “keka nsɛm kyinkyim no.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “mmara.”

Anaa “ɛbɛkyerɛkyerɛ wo.”

Nt., “ɔbea hɔho.” Hwɛ Mme 2:16.

Anaa “ɔkra.”

Anaa “ɔredi ama ne kra amee.”

Nt., “ne koma nni hɔ.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “Agyede biara nni hɔ a obegye.”

Anaa “me mmara.”

Nt., “ɔbea nanani.” Hwɛ Mme 2:16.

Anaa “ɔbea hɔho.” Hwɛ Mme 2:16.

Anaa “ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm.”

Nt., “ne koma nni hɔ.”

Anaa “Wafura tuutuufo ntama.”

Nt., “Ne nan nnyina faako.”

Anaa “wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn rekogu no.”

Anaa “kra.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “nnipa mma.”

Anaa “mu da hɔ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nyansa a wɔde bɔ bra.”

Anaa “Agyapade.”

Anaa “n’adwuma.”

Anaa “wɔakyem yayaayaw awo me.”

Anaa “Bere a ɔyɛɛ baabi a ayɛ sɛ nea wim ne po reyɛ abom no.”

Nt., “ɔde tim hɔ pintinn.”

Anaa “otwaa asaase hye no.”

Anaa “adasamma.”

Anaa “m’apongua ho.”

Anaa “opira ne kra.”

Anaa “Nokware nyansa.”

Nt., “Wakum nea ɛsɛ sɛ okum.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “ne koma nni hɔ.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Munnyae agyimifo.”

Anaa “yɛ peterepetere.”

Anaa “Ɔyɛ tibɔnkɔso.”

Nt., “wɔn a wɔn koma nni hɔ.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɔtreneeni kra.”

Anaa “nsiyɛfo.”

Anaa “Ɔtreneeni din pa.”

Anaa “mmara nsɛm.”

Nt., “ne koma nni hɔ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔnam nkwa kwan so.”

Anaa “ɔtrɛw atesɛm mu.”

Anaa “ɔbadwemma.”

Anaa “ano yɛn nnipa pii.”

Anaa “awerɛhow; amanehunu.”

Anaa “n’adwumawura.”

Anaa “Atreneefo anidaso.”

Anaa “Nkontompo.”

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Anaa “Nkaribo a edi mu.”

Anaa “Onipa a onsuro Onyankopɔn.”

Nt., “ne koma nni hɔ.”

Anaa “ɔmfa ne yɔnko nyɛ hwee.”

Anaa “ahintasɛm.”

Nt., “nea ɔwɔ ɔnokwafo honhom.”

Anaa “agyinatufo.”

Anaa “nkwa.”

Anaa “hoɔfɛfo.”

Anaa “Onipa a ne dɔ nni huammɔ.”

Anaa “ɔyɛ ne kra yiye.”

Anaa “animguase.”

Anaa “Sɛ nsa tɔ nsayam mpo a.”

Nt., “pete.”

Anaa “kame.”

Anaa “Ɔkra.”

Nt., “ɔbɛdɔ srade.”

Nt., “Nea ogugu nkurɔfo so nsu bebree.”

Anaa “nnɔbae.”

Anaa “animguase.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “onnim nyansa.”

Nt., “ɔretwɛn mogya.”

Nt., “paanoo.”

Anaa “n’afieboa kra.”

Nt., “ne koma nni hɔ.”

Anaa “papa.”

Anaa “da no ara.”

Nt., “ɔkata adapaatwa so.”

Nt., “ɔka nea ɛteɛ.”

Nt., “asomdwoe ho afotufo de, wɔn ani gye.”

Anaa “Nsiyɛfo.”

Anaa “ma ɔyɛ basaa.”

Anaa “ateɛteɛ.”

Anaa “papa.”

Anaa “nea wɔn kra pɛ ne awudisɛm.”

Anaa “nea ɔhwɛ ne kasa yiye no.”

Anaa “kra.”

Anaa “ne kra akɔnnɔde.”

Anaa “mmɔdenbɔfo kra.”

Anaa “ɔbɛdɔ srade.”

Anaa “kra.”

Nt., “wɔnte animka biara.”

Nt., “di ahurusi.”

Nt., “wotie animka.”

Anaa “Ahonyade a efi ahuhude mu.”

Nt., “nea ɔde ne nsa boaboa ahonyade ano.”

Anaa “Akwanhwɛ.”

Anaa “obu asɛm animtiaa no.”

Anaa “mmara.”

Anaa “ɛyɛ mmonkyimmɔnka.”

Anaa “nea ɔma kwan ma wɔteɛteɛ no.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “ne mma mma.”

Anaa “bɛpra no akɔ.”

Anaa “nteɛso; asotwe.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔteɛ no so ntɛm.”

Anaa “ne kra mee.”

Anaa “nea n’akwan akyea.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔde wɔn nkwaseasɛm daadaa afoforo.”

Anaa “asomdwoe a wɔbɛma aba wɔne nkurɔfo ntam.”

Anaa “wɔn mu na anisɔ wɔ.”

Anaa “ne kra awerɛhow.”

Anaa “Onipa a ne nimdeɛ sua.”

Anaa “suro ne ho.”

Anaa “ne bo fuw.”

Anaa “Nnipa a wɔn nimdeɛ sua.”

Anaa “akra.”

Anaa “apɔwmuden.”

Anaa “guankɔbea.”

Anaa “Tɛkrɛma a ɛsa yare.”

Nt., “ebubu honhom.”

Anaa “ɔma kwan ma wɔteɛteɛ no.”

Anaa “nea ɔbɔnefo nya.”

Anaa “obu nteɛso sɛ emu yɛ den.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ne Abadon.”

Anaa “ɔkasa kyerɛ no.”

Anaa “ano di nkwaseasɛm akyi.”

Anaa “koma pa.”

Anaa “Atosode.”

Nt., “nantwi a wɔma no aduan wɔ buw mu.”

Nt., “Nea ne koma nni hɔ.”

Anaa “atirimsɛm.”

Anaa “tirimbɔ.”

Anaa “agyinatufo.”

Nt., “n’anom mmuae.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “animguase.”

Anaa “braeb.”

Anaa “tɔ ne bo ase susuw sɛnea ɛbɛma mmuae ho; dwen ansa na akasa.”

Anaa “Anim a ɛyɛ serewserew.”

Nt., “ma nnompe yɛ akɛse.”

Anaa “kra.”

Nt., “koma.”

Anaa “siesie.”

Nt., “Komam nhyehyɛe yɛ onipa dea.”

Anaa “mmuae a ɛfata de.” Nt., “tɛkrɛma mmuae de.”

Nt., “ho tew.”

Nt., “ahonhom.”

Nt., “Pia wo nnwuma gu Yehowa so.”

Nt., “Nsa tɔ nsa yam.”

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Anaa “twe ne ho.”

Anaa “kra.”

Nt., “wo honhom bɛba fam.”

Nt., “n’ano yɛ fremfrem.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “kra.”

Nt., “n’ano.”

Anaa “Onipa a ɔbɔ pɔw bɔne.”

Anaa “ɛwɔ anuonyam.”

Nt., “nea odi ne honhom so.”

Anaa “kommyɛ.”

Nt., “afɔre.”

Anaa “mmanana a wɔyɛ mmarima.”

Anaa “mma.”

Anaa “awofo.”

Anaa “kasa pa.”

Anaa “onuonyamfo.”

Anaa “ɔbo a ɛde anuonyam ba.”

Nt., “ɔkata bɔne so.”

Nt., “nsu ano tue.”

Anaa “Ɔham.”

Nt., “onni koma.”

Anaa “Bere a onnim nyansa?”

Anaa “da hiada.”

Nt., “ne koma nni hɔ.”

Anaa “akagyinam.”

Anaa “sa yare.”

Anaa “nnompe mu yow.”

Anaa “braeb.”

Nt., “Ɔbɔnefo begye adanmude afi obi kokom.”

Nt., “honhom dwo.”

Anaa “Ɔmfa nyansa biara nyɛ hwee.”

Anaa “kra.”

Anaa “ne nsɛm te sɛ trɔma a wɔde adifudepɛ memene.”

Nt., “wɔma no so kɔ soro,” kyerɛ sɛ, obiara nsa ntumi nka no, biribiara ntumi nyɛ no.

Anaa “abambu; abasamtu.”

Anaa “abɛpɛɛpɛɛ ne mu; abɛhwehwɛ ne mu.”

Anaa “n’anom nnɔbae.”

Anaa “tɛkrɛma tumi mu.”

Anaa “bɛyɛ no adom.”

Anaa “ɔfam ho denneennen.”

Anaa “Ɔkra.”

Nt., “Nea ne nan ase yɛ hare.”

Anaa “onipa a ne yam ye.”

Nt., “onya koma.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “bɔne.”

Nt., “obetwa mfomso ho.”

Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”

Anaa “ɔyere gyigyefo.”

Anaa “ɔkwadwofo kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “ɔde fɛm Yehowa.”

Anaa “Obetua no ka.”

Anaa “Mma ne wu nnyɛ wo akɔnnɔ.”

Anaa “Bobesa.”

Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”

Anaa “nnɔw awɔwbere.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Edu twabere a wɔbɛhwehwɛ, nanso wɔrennya hwee.”

Anaa “adwene.” Nt., “agyinatu.”

Nt., “mma mmarima.”

Anaa “Nkaribo ahorow abien ne efa susude ahorow abien.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɔhɔho.”

Anaa “Agyinatu.”

Anaa “ahintasɛm.”

Anaa “obi a ɔpɛ nkɔnkɔnsa; obi a ɔde n’ano dɛfɛdɛfɛ nkurɔfo.”

Anaa “Nkaribo ahorow abien.”

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Anaa “wahu ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so?”

Anaa “twiw bɔne ho.”

Anaa “adwene a obi de yɛ biribi.”

Anaa “de mfaso ba.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ma wɔn a wɔhwehwɛ owu.”

Anaa “gyigyefo.”

Anaa “Ɔbɔnefo kra.”

Anaa “ohu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ.”

Anaa “braeb.”

Anaa “Nea ɔdɔ anigyede no.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “ɔbɛmene.”

Anaa “adi nnɔmmarima kurow so.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “aniwude.”

Nt., “ɔbɛkasa daa.”

Anaa “ɔma n’akwan wie yiye.”

Nt., “din.”

Nt., “Anuonyam.”

Nt., “ahyia.”

Anaa “Onitefo.”

Anaa “onya ho asotwe.”

Anaa “kra.”

Anaa “abarimaa; ɔbabun.”

Nt., “Onipa a n’ani ye.”

Anaa “Mansotwe.”

Nt., “Mmea ahɔho.” Hwɛ Mme 2:16.

Anaa “abarimaa; ɔbabun.”

Anaa “kra.”

Anaa “wo kra.”

Anaa “ne ho akokwaw n’adwuma mu.”

Anaa “ɔkra a ne kɔn dɔ biribi.”

Anaa “hyɛ wo ho so.”

Anaa “n’ahennuan.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Mfa wo ho nto wo ntease so.”

Anaa “obi a ɔwɔ ani bɔne.”

Anaa “n’ahennuan.”

Anaa “obu ho akontaa wɔ ne kra mu.”

Nt., “ne koma nni wo ho.”

Nt., “Gyefo.”

Anaa “abarimaa; ɔbabun.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “m’asaabo mu.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “wɔn a wodidi boro so.”

Anaa “Nya.”

Nt., “ɔbea hɔho.” Hwɛ Mme 2:16.

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Wɔn a wohyia ka nsã a wɔafrafra hwɛ.”

Anaa “bobesa.”

Ɔwɔ bi a n’ano wɔ bɔre paa.

Anaa “anka me; ante me.”

Anaa “Munsi me so.”

Anaa “wɔde kyekyere abusua.”

Anaa “agyinatufo.”

Anaa “nkwagye wɔ; nneɛma kɔ yiye.”

Anaa “nokware nyansa.”

Anaa “ɔhaw bere.”

Anaa “Ɔhwehwɛ adwene a onipa de yɛ biribi mu.”

Anaa “wo kra.”

Anaa “ɛyɛ dɛ ma wo kra.”

Kyerɛ sɛ, ɔtamfo no.

Anaa “Mma wo bo mmfuw denneennen.”

Anaa “wɔn a wɔpere hwehwɛ nsakrae.”

Kyerɛ sɛ, Yehowa ne ɔhene.

Ebetumi nso akyerɛ, “Mmuae tẽẽ te sɛ mfewano.”

Anaa “woakyekye w’abusua.”

Nt., “ne koma nni hɔ.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “mefaa mu adwene.”

Anaa “hwɛɛ so kyerɛwee na wɔhyehyɛe.”

Anaa “nkurɔfo ahintasɛm.”

Anaa “Na woansɛe nkurɔfo din.”

Anaa “aprɛ.”

Anaa “nkɛntɛn.”

Anaa “ne wura kra.”

Nt., “nkontompo akyɛde.”

Anaa “ɛda brɛoo; ɛyɛ bɔkɔɔ.”

Anaa “Mma wo nan nnyɛ ntiantia.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔdaadaafo.”

Anaa “soda a wɔde yɛ samina.”

Nt., “obi a ɔtan wo.”

Kyerɛ sɛ, wobɛma onipa no abufuw no anan akɔ, te sɛ nea na wɔde dade a ɛyɛ den to gya mu ma ɛnan no.

Anaa “gyigyefo.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɔde n’adwene ma ɔbɔnefo no te.” Nt., “ne ho popo ɔbɔnefo anim.”

Anaa “ne honhom so.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Saa ara na nnome a ɛmfata remma mu.”

Anaa “Mpire.”

Anaa “Na wo ne no anyɛ pɛ.”

Nt., “ɔnom awudisɛm.”

Anaa “sensɛn hɔ.”

Anaa “pira obiara.”

Anaa “Sɛnea ɔpon dannan ne ho wɔ ne mpontɛre so no.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔde ne ho gye ntɔkwaw a ɛmfa ne ho mu.”

Anaa “agyan ne owu.”

Anaa “ne nsɛm te sɛ trɔma a wɔde adifudepɛ memene.”

Nt., “ano a ɛredɛw.”

Anaa “Efisɛ ne koma yɛ akyiwade koraa.”

Nt., “ɛda bɛwo.”

Nt., “ɔhɔho.”

Nt., “ɔnanani.”

Anaa “w’anofafa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɛyɛ nkontompo; emfi komam.”

Anaa “Ɔkra a wamee.”

Nt., “otiatia ɛwokyɛm so.”

Anaa “ɔkra a ɔkɔm de no.

Anaa “waguan afi.”

Anaa “Saa ara na afotu a efi ɔkra mu.”

Anaa “na me koma ani nnye.”

Anaa “Onitefo.”

Anaa “onya ho asotwe.”

Anaa “ɔhɔho.”

Anaa “gyigyefo.”

Anaa “ɔsom.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Sheol ne Abadon.”

Anaa “Saa ara na onipa nkamfo na wɔde hu no.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “Fa wo koma si wo nguan so; Ma w’ani nkɔ wo nguan ho.”

Anaa “ahemmotiri.”

Anaa “gyata a ne ho yɛ den.”

Anaa “atuatew.”

Anaa “wɔn a wodidi boro so.”

Anaa “osuro ne ho daa.”

Anaa “wagye obi nkwa afi ne nsam; ogye ɔkra bi mogya no.”

Anaa “amoa.”

Anaa “Odifudepɛfo.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Ɔkra a ɔyɛ ahantan.”

Nt., “ɔbɛdɔ srade.”

Anaa “ɔkɔ so yɛ asoɔden no.”

Anaa “si apini.”

Anaa “braeb.”

Anaa “kra.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Na ɔtreneeni de asi n’ani so sɛ ɔbɛbɔ ne nkwa ho ban.”

Anaa “n’atenka.” Nt., “ne honhom.”

Nt., “ahyia.”

Kyerɛ sɛ, Ɔma wɔn nkwa.

Anaa “Nteɛso; Asotwe.”

Anaa “wɔato no asaworam.”

Anaa “wo kra anya.”

Anaa “Nkɔmhyɛ anisoadehu; Oyikyerɛ.”

Anaa “hwanyan ntɔkwaw.”

Anaa “n’ankasa kra.”

Anaa “Ɔbɛte ntanka.”

Anaa “Onipa anim ahopopo.”

Anaa “sum.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wonya ɔhene anim anuonyam.” Nt., “hwehwɛ ɔhene anim.”

Anaa “Ɔkronkronni no ho nimdeɛ.”

Nt., “ɔpagyaw asaase ano nyinaa.”

Anaa “manwia ade amma wɔankasa antia me Nyankopɔn din.”

Nt., “tiafi.”

Aboa bi a ɔte sɛ osunson a ɔwɔ nsu mu. Otumi wura onipa anaa aboa mu twe ne mogya.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “entie ne maame asɛm no.”

Anaa “ɛyɛ me nwonwa dodo.”

Anaa “adidi amee.”

Anaa “obiara nnɔ no.”

Anaa “Nanso wonim nyansa paa.”

Nt., “ɔman a wonni ahoɔden.”

Nt., “nyɛ ɔman kɛse.”

Anaa “wowosow nufusu ara a.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “wɔn kra abotow.”

Anaa “Di ma mmɔborɔwafo ne ahiafo.”

Anaa “Ɔyere a ɔbɔ mmɔden.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “adwuma.”

Anaa “Ɔde ne mfaso.” Nt., “ne nsa ano aba.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “Ɔde ahoɔden bɔ n’asen.”

Asaawa donno ne akorokorowa yɛ nnua a na wɔde bobɔw hama anaa wɔde yɛ hama.

Anaa “Onsuro sɛ sukyerɛmma bɛtɔ ama awɔw ade ne fifo.”

Nt., “ntaade a ɛbɔ so abien.”

Anaa “ataade nhyɛase.”

Anaa “ɔbɛserew daakye.”

Anaa “Akwankyerɛ a ɔdɔ wom; Ɔdɔ a enni huammɔ mmara.”

Anaa “Mmea pii yɛ mmea pa.”

Anaa “ahoɔfɛ nka hwee.”

Nt., “Momma no ne nsa ano aba.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena