Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt nkr. 708-710
  • Hiob Nwoma No Mu Nsɛntitire

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hiob Nwoma No Mu Nsɛntitire
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Hiob Nwoma No Mu Nsɛntitire

HIOB

EMU NSƐNTITIRE

  • 1

    • Ná Hiob ho nni asɛm, na na ɔwɔ agyapadeɛ (1-5)

    • Satan kaa sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de som Onyankopɔn (6-12)

    • Hiob agyapadeɛ sɛeeɛ, na ne mma wuwui (13-19)

    • Hiob ammɔ Onyankopɔn soboɔ (20-22)

  • 2

    • Satan san kaa sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de som Yehowa (1-5)

    • Yehowa maa Satan kwan sɛ ɔbɛtumi de ne nsa aka Hiob nipadua (6-8)

    • Hiob yere kaa sɛ: “Dome Onyankopɔn na wu!” (9, 10)

    • Hiob nnamfo mmiɛnsa baa ne nkyɛn (11-13)

  • 3

    • Hiob kaa sɛ ɔnyae a anka wɔanwo no (1-26)

      • Ɔbisaa deɛ enti a ɔrehunu amane (20, 21)

  • 4

    • Elifas asɛm a ɛdi kan (1-21)

      • Ɔseree Hiob wɔ ne nokorɛdie ho (7, 8)

      • Ɔkaa asɛm a honhom bi ka kyerɛɛ no kyerɛɛ Hiob (12-17)

      • ‘Onyankopɔn nni gyidie biara wɔ n’asomfoɔ mu’ (18)

  • 5

    • Elifas asɛm a ɛdi kan no ntoasoɔ (1-27)

      • ‘Fidie a anyansafoɔ de wɔn aniteɛ asum no, Onyankopɔn ma ɛyi wɔn ankasa’ (13)

      • ‘Ɛsɛ sɛ Hiob hwɛ na wampo Onyankopɔn ntenesoɔ’ (17)

  • 6

    • Hiob anoyie (1-30)

      • Ɔkaa sɛ, ne su a ɔresu no, nteaseɛ wom (2-6)

      • N’awerɛkyekyefoɔ no yɛ nnaadaafoɔ (15-18)

      • “Asɛm a ɛyɛ nokorɛ deɛ, ɛnyɛ ya!” (25)

  • 7

    • Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-21)

      • Nnipa asetena te sɛ nkoasom (1, 2)

      • “Adɛn nti na woatu w’ani asi me so?” (20)

  • 8

    • Bildad asɛm a ɛdi kan (1-22)

      • Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob mma no ayɛ bɔne (4)

      • ‘Sɛ woyɛ obi a wo ho te a, anka Onyankopɔn bɛbɔ wo ho ban’ (6)

      • Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob yɛ ɔbɔnefoɔ (13)

  • 9

    • Hiob anoyie (1-35)

      • Onipa dasani rentumi ne Onyankopɔn ntwe manso (2-4)

      • ‘Onyankopɔn yɛ nneɛma a ɛboro yɛn nteaseɛ so’ (10)

      • Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi ne Onyankopɔn ayiyi nsɛm ano (32)

  • 10

    • Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-22)

      • ‘Adɛn nti na Onyankopɔn ne me redie?’ (2)

      • Onyankopɔn nte sɛ onipa Hiob (4-12)

      • ‘Ɔmma me ho ntɔ me kakra’ (20)

  • 11

    • Sofar asɛm a ɛdi kan (1-20)

      • Ɔkaa sɛ Hiob ka kasa hunu (2, 3)

      • Ɔka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔnnyae bɔne (14)

  • 12

    • Hiob anoyie (1-25)

      • “Monkyɛn me” (3)

      • “Me ho ayɛ sere” (4)

      • ‘Onyankopɔn na nyansa wɔ no’ (13)

      • Onyankopɔn korɔn kyɛn atemmufoɔ ne ahemfo (17, 18)

  • 13

    • Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-28)

      • ‘Mepɛ sɛ me ne Onyankopɔn kasa’ (3)

      • “Moyɛ ayaresafoɔ hunu” (4)

      • “Menim sɛ medi bem” (18)

      • Ɔbisaa deɛ enti a Onyankopɔn bu no sɛ ɔtamfo (24)

  • 14

    • Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-22)

      • Onipa nkwa nna yɛ tia, na ɔhaw ahyɛ mu ma (1)

      • “Dua mpo, anidasoɔ wɔ hɔ ma no” (7)

      • ‘O, menyae a anka wode me asie Adamena mu!’ (13)

      • “Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?” (14)

      • Onyankopɔn ani bɛgyina ne nsa ano adwuma (15)

  • 15

    • Elifas asɛm a ɛtɔ so mmienu (1-35)

      • Ɔkaa sɛ Hiob de Onyankopɔn suro ato nkyɛn (4)

      • Ɔkaa sɛ Hiob yɛ aniammɔnho (7-9)

      • ‘Onyankopɔn nnye n’akronkronfoɔ nni’ (15)

      • ‘Abɔnefoɔ na ɛhunu amane’ (20-24)

  • 16

    • Hiob anoyie (1-22)

      • “Mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ!” (2)

      • Ɔkaa sɛ Onyankopɔn atu n’ani asi ne so (12)

  • 17

    • Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-16)

      • “Afɛdifoɔ atwa me ho ahyia” (2)

      • “Wama mayɛ animguaseɛ nipa” (6)

      • “Adamena na ɛbɛyɛ me fie” (13)

  • 18

    • Bildad asɛm a ɛtɔ so mmienu (1-21)

      • Ɔkaa deɛ ɛbɛto abɔnefoɔ (5-20)

      • Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob nnim Onyankopɔn (21)

  • 19

    • Hiob anoyie (1-29)

      • Ɔkaa sɛ, twi a ne “nnamfo” no retwi n’anim no, ɔnnye ntom (1-6)

      • Ɔkaa sɛ obiara agya no hɔ (13-19)

      • “Me gyefoɔ te ase” (25)

  • 20

    • Sofar asɛm a ɛtɔ so mmienu (1-29)

      • Ɔte nka sɛ Hiob adidi no atɛm (2, 3)

      • Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob yɛ ɔbɔnefoɔ (5)

      • Ɔkaa sɛ bɔne yɛ Hiob dɛ (12, 13)

  • 21

    • Hiob anoyie (1-34)

      • ‘Adɛn nti na abɔnefoɔ di yie?’ (7-13)

      • Ɔmaa obiara hunuu sɛdeɛ “n’awerɛkyekyefoɔ” no teɛ (27-34)

  • 22

    • Elifas asɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa (1-30)

      • ‘Onipa so bɛtumi aba mfasoɔ ama Onyankopɔn anaa?’ (2, 3)

      • Ɔbɔɔ Hiob soboɔ sɛ ɔyɛ odufudepɛfoɔ a ɔsisi nkurɔfoɔ (6-9)

      • ‘San bra Onyankopɔn nkyɛn, na wobɛsan asi wo dada mu’ (23)

  • 23

    • Hiob anoyie (1-17)

      • Ɔpɛ sɛ ɔka n’asɛm wɔ Onyankopɔn anim (1-7)

      • Ɔkaa sɛ ɔnhunu Nyankopɔn (8, 9)

      • ‘Mefaa ne kwan so, na mammane amfiri ho’ (11)

  • 24

    • Hiob anoyie no ntoasoɔ (1-25)

      • ‘Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛɛ berɛ ntoo hɔ?’ (1)

      • Ɔkaa sɛ Onyankopɔn pene nsɛmmɔnedie so (12)

      • Abɔnefoɔ pɛ sum (13-17)

  • 25

    • Bildad asɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa (1-6)

      • ‘Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ayɛ ɔteneneeni wɔ Onyankopɔn anim?’ (4)

      • Ɔkaa sɛ onipa di nokorɛ a, mfasoɔ biara nni so (5, 6)

  • 26

    • Hiob anoyie (1-14)

      • “Aa! Woaboa deɛ ɔnni tumi ampa!” (1-4)

      • ‘Onyankopɔn de asaase asɛn hɔ a biribiara nkura mu’ (7)

      • ‘Onyankopɔn nnwuma a wayɛ no, emu nketewa nie’ (14)

  • 27

    • Hiob asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so abɔ bra a ɛdi mu (1-23)

      • “Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu” (5)

      • Abɔnefoɔ nni anidasoɔ (8)

      • “Adɛn nti na aba biara nni mo nsɛm mu yi?” (12)

      • Biribiara renka mma abɔnefoɔ (13-23)

  • 28

    • Hiob de asaase mu agudeɛ toto nyansa ho (1-28)

      • Deɛ onipa yɛ de tu asaase mu agudeɛ (1-11)

      • Nyansa som bo sene abohene (18)

      • Yehowa suro, ɛno paa ne nyansa (28)

  • 29

    • Hiob kaee nna a ɔdii dɛ ansa na n’amanehunu no reba no (1-25)

      • Ná obiara bu no wɔ kuro pono no ano (7-10)

      • Ná n’atɛntenenee te sɛ ataadeɛ (11-17)

      • Obiara tiee n’afotuo (21-23)

  • 30

    • Hiob kaa sɛdeɛ n’asetena asesa (1-31)

      • Nnipa hunu seree no (1-15)

      • Ná ɛyɛ no sɛ n’asɛm mfa Onyankopɔn ho (20, 21)

      • “Me wedeɛ ayɛ tumm” (30)

  • 31

    • Hiob kaa sɛ asɛm biara nni ne ho (1-40)

      • “Me ne m’ani ayɛ apam” (1)

      • Ɔkaa sɛ Onyankopɔn nkari no nsenia mu (6)

      • Ɔkaa sɛ ɔnyɛ waresɛefoɔ (9-12)

      • Ɔkaa sɛ ɔnyɛ sikaniberɛ (24, 25)

      • Ɔkaa sɛ ɔnyɛ ɔbosonsonni (26-28)

  • 32

    • Aberanteɛ Elihu de n’ano too asɛm no mu (1-22)

      • Ne bo fuu Hiob ne Hiob nnamfo no (2, 3)

      • Ɔde obuo twɛnee ansa na ɔrekasa (6, 7)

      • Ɛnyɛ mfeɛ nko ara na ɛma nyansa (9)

      • Elihu repɛ ntɛm akasa (18-20)

  • 33

    • Hiob buu ne ho sɛ ɔtene, enti Elihu kaa n’anim (1-33)

      • Manya agyedeɛ (24)

      • Ɔbɛsan anya ne mmabunberɛ mu ahoɔden no bio (25)

  • 34

    • Elihu kaa sɛ Onyankopɔn bu atɛntenenee, na n’akwan tene (1-37)

      • Hiob kaa sɛ Onyankopɔn abu no atɛnkyea (5)

      • Nokorɛ Nyankopɔn no rentumi nyɛ bɔne da (10)

      • Hiob nni nimdeɛ (35)

  • 35

    • Elihu maa Hiob hunuu sɛ deɛ ɔreka no nyɛ nokorɛ (1-16)

      • Hiob kaa sɛ ɔtene sene Onyankopɔn (2)

      • Onyankopɔn wɔ sorosoro; woyɛ bɔne a ɛnka no (5, 6)

      • Ɛsɛ sɛ Hiob twɛn Onyankopɔn (14)

  • 36

    • Elihu kaa sɛ sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ kɛseɛ no, yɛrentumi nhwehwɛ mu (1-33)

      • Wɔn a wɔyɛ ɔsetie no, ɛsi wɔn yie; ɔpo abɔnefoɔ (11-13)

      • ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ bɛn na ɔte sɛ Onyankopɔn?’ (22)

      • Ɛsɛ sɛ Hiob kamfo Onyankopɔn (24)

      • “Sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ kɛseɛ no, ɛboro yɛn nteaseɛ so” (26)

      • Onyankopɔn wɔ nsuo a ɛtɔ ne anyinam so tumi (27-33)

  • 37

    • Nsutɔ, anyinam, aprannaa nyinaa ma yɛhunu sɛ Onyankopɔn yɛ kɛse (1-24)

      • Onyankopɔn bɛtumi ama nnipa agyae adwuma a wɔyɛ (7)

      • “Dwendwene Onyankopɔn anwanwadwuma ho” (14)

      • Sɛdeɛ Onyankopɔn teɛ no, ɛyɛ den sɛ nnipa bɛte aseɛ (23)

      • Ɛnsɛ sɛ onipa biara dwene sɛ ɔnim nyansa (24)

  • 38

    • Yehowa kaa nsɛm bi a ɛma yɛhunu sɛ nnipa sua koraa (1-41)

      • ‘Berɛ a merebɔ asaase no, na wowɔ he?’ (4-6)

      • Onyankopɔn mma bɔɔ ose (7)

      • Ɔbisaa no nneɛma bi te sɛ aprannaa, anyinam ne mununkum ho asɛm (8-32)

      • “Mmara a ɛyɛ adwuma wɔ wiem” (33)

  • 39

    • Mmoa a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no ma yɛhunu sɛ nnipa nnim hwee (1-30)

      • Abotan so mpɔnkye ne wansane (1-4)

      • Serɛ so afunumu (5-8)

      • Ɛkoɔ (9-12)

      • Sohori (13-18)

      • Pɔnkɔ (19-25)

      • Akorɔma ne ɔkɔdeɛ (26-30)

  • 40

    • Yehowa bisaa no nsɛm foforɔ (1-24)

      • Hiob gye toom sɛ ɔnni hwee ka (3-5)

      • “Wobɛtumi anya asɛm aka wɔ m’atɛntenenee ho anaa?” (8)

      • Onyankopɔn kaa sɛdeɛ Behemot wɔ ahoɔden (15-24)

  • 41

    • Onyankopɔn kaa Lewiatan a ne ho yɛ nwanwa no ho asɛm (1-34)

  • 42

    • Hiob anoyie a ɔde maa Yehowa (1-6)

    • Ɔbuu ne nnamfo mmiɛnsa no fɔ (7-9)

    • Yehowa maa no sii Hiob yie bio (10-17)

      • Hiob mma mmaa ne ne mma mmarima (13-15)

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane