HIOB
1 Ɔbarima bi tenaa Us asaase so a wɔfrɛ no Hiob.*+ Ná ɔyɛ onipa a ɔtene* a n’abrabɔ di mu,+ ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.+ 2 Ɔwoo mma mmarima nson ne mma mmaa mmiɛnsa. 3 Ná ne nyɛmmoa yɛ nnwan 7,000, yoma 3,000, anantwie 1,000,* mfunumu* 500, ne nkoa bebree paa. Enti ɔbɛyɛɛ onipa titire senee nnipa a ɛwɔ Apueeɛ fam nyinaa.
4 Ná ne mma mmarima no biara to pono wɔ ɔno ara ne fie; obiara wɔ ne da. Sɛ da no duru hɔ a, wɔfrɛ wɔn nua mmaa mmiɛnsa no ma wɔne wɔn bɛdidi nom. 5 Sɛ wɔn nyinaa to pono na ɛkɔ bɛsi a, Hiob soma ma wɔkɔfrɛ wɔn ba sɛ ɔrebɛte* wɔn ho. Ná Hiob sɔre anɔpatutuutu bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ma wɔn mu biara, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Ebia na me mma no ayɛ bɔne, na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn akoma mu.” Saa na na Hiob yɛ daa.+
6 Ɛbaa sɛ da bi, nokorɛ Nyankopɔn mma*+ no bɛgyinagyinaa Yehowa anim,+ na Satan+ nso fraa wɔn mu baa bi.+
7 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wofiri reba?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mefiri asaase so akyinkyinakyinkyini ne ɛso ananteananteɛ na mereba.”+ 8 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Woadwene m’akoa Hiob ho* anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so. Ɔyɛ onipa a ɔtene* a n’abrabɔ di mu,+ ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.” 9 Ɛnna Satan buaa Yehowa sɛ: “Wogye di sɛ Hiob suro Onyankopɔn kwa?+ 10 Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia?+ Woahyira ne nsa ano adwuma so,+ na ne nyɛmmoa nso, wɔn ase atrɛ asaase so. 11 Wopɛ a, tene wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.” 12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Hwɛ! Deɛ ɔwɔ biara hyɛ wo nsa. Ɔno ankasa deɛ, mfa wo nsa nka no!” Enti Satan firii Yehowa anim kɔe.+
13 Ɛbaa sɛ da bi, na Hiob mma mmarima ne ne mma mmaa no redidi, na na wɔrenom nsã wɔ wɔn nua panin no fie.+ 14 Ɛnna obi baa Hiob nkyɛn bɛkaa sɛ: “Berɛ a anantwie no refuntum asaase no a mfunumu no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, 15 Sabafoɔ bɛto hyɛɛ wɔn so faa wɔn kɔe, na asomfoɔ no nso, wɔde sekan kunkum wɔn. Me nko ara na matumi adwane afiri mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
16 Berɛ a ɔgu so rekasa no, obi foforɔ ba bɛkaa sɛ: “Onyankopɔn gya* firi soro abɛtɔ nnwan no mu ahye wɔne asomfoɔ no nyinaa! Me nko ara na matumi adwane afiri mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
17 Berɛ a ɔno nso gu so rekasa no, obi foforɔ nso ba bɛkaa sɛ: “Kaldeafoɔ+ akyɛ wɔn mu akuo mmiɛnsa abɛto ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na asomfoɔ no nso, wɔde sekan akunkum wɔn. Me nko ara na matumi adwane afiri mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
18 Berɛ a ɔno nso gu so rekasa no, obi foforɔ nso san ba bɛkaa sɛ: “Ná wo mma mmarima ne wo mma mmaa no redidi, na na wɔrenom nsã wɔ wɔn nua panin no fie. 19 Prɛko pɛ, mframa kɛseɛ bi bɔ firii serɛ so bɛbɔɔ efie no ntwea nnan no, na ɛdwiri guu wo mma no so kunkum wɔn. Me nko ara na matumi adwane afiri mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
20 Ɛnna Hiob sɔreeɛ, na ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔtwitwaa ne tiri nwi. Afei ɔbɔɔ ne mu ase, na ɔde n’anim butuu fam, 21 na ɔkaa sɛ:
Yehowa na ɔde maeɛ,+ Yehowa na wagyeɛ.
Ayeyie nka Yehowa din daa.”
22 Wei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, na wammɔ Onyankopɔn soboɔ sɛ wayɛ ade bɔne.*
2 Ɛno akyi no, ɛbaa sɛ da bi, nokorɛ Nyankopɔn mma*+ no bɛgyinagyinaa Yehowa anim,+ na Satan nso fraa wɔn mu bae, na ɔbɛgyinaa Yehowa anim bi.+
2 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wofiri reba?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mefiri asaase so akyinkyinakyinkyini ne ɛso ananteananteɛ na mereba.”+ 3 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Woadwene m’akoa Hiob ho* anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so. Ɔyɛ onipa a ɔtene* a n’abrabɔ di mu,+ ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho. Woregyegye me sɛ mensɛe*+ no kwa, nanso ne nyinaa akyi, ɔda so ara bɔ bra a ɛdi mu.”+ 4 Ɛnna Satan ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wɔde wedeɛ na ɛpere wedeɛ. Deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde bɛma de apere ne nkwa.* 5 Wopɛ a, tene wo nsa ka ne dompe ne ne honam, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”+
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Hwɛ! Ɔhyɛ wo nsa! Na ne nkwa* deɛ, mfa wo nsa nka!” 7 Enti Satan firii Yehowa anim kɔe, na ɔde mpɔmpɔ yayaaya bi kɔbobɔɔ* Hiob+ firii ne nan ase kɔsii n’apampam. 8 Na Hiob faa kukuo sini* bi a ɔde bɛtiti ne ho; na ɔtenaa nsõ mu.+
9 Ɛnna ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Woda so ara di Onyankopɔn akyi?* Dome Onyankopɔn na wu!” 10 Na Hiob ka kyerɛɛ no sɛ: “Wokasa te sɛ mmaa a wɔnnim nyansa no. Sɛ nokorɛ Nyankopɔn no ma yɛn nneɛma pa a, yɛgye, na sɛ ɔma yɛn nneɛma bɔne a, ɛnsɛ sɛ yɛgye anaa?”+ Wei nyinaa mu no, Hiob anka asɛmmɔne biara.*+
11 Hiob nnamfo* mmiɛnsa tee amanehunu a aba ne so nyinaa, na wɔn mu biara firi baabi a ɔwɔ bae. Wɔn ne: Elifas+ a ɔfiri Teman, Bildad+ a ɔfiri Suha,+ ne Sofar+ a ɔfiri Naama. Wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ hyiaam sɛ wɔrekɔma Hiob hyɛden, na wɔakyekye ne werɛ. 12 Berɛ a wɔwɔ akyirikyiri a wɔhuu no no, wɔanhu no. Na wɔfirii aseɛ suu dendeenden, na wɔsuan wɔn ntaadeɛ mu, na wɔtoo mfuturo kɔɔ soro maa ɛbɛguu wɔn tirim.+ 13 Na wɔne no tenatenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Obiara anka hwee ankyerɛ no, ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ ɛyea a ɔrefa mu no, na ano yɛ den yie.+
3 Ɛno akyi na Hiob firii aseɛ kasaeɛ, na ɔdomee da a wɔwoo no no.*+ 2 Hiob kaa sɛ:
4 Saa da no, ma ɛnyɛ sum.
Ma ɔsoro Nyankopɔn no nyi n’adwene mfiri so;
Mma hann biara nnhyerɛn wɔ so.
Ma mununkum tumm nkata so.
Ma adeɛ biara a ɛma adekyeeɛ yɛ sum nhunahuna no.
6 Ma esum kabii nnye saa anadwo no mmɔ so;+
Nna a ɛwɔ afe mu no redi ahurisie a, mma saa da no nnni ahurisie no bi,
Na mma wɔnnkan mmfra bosome biara.
7 Meka si so! Ma saa anadwo no nyɛ bonini;
Mma wɔnnte ahurisi dwom biara wom.
9 Ma n’ahomakye nsoromma nnuru sum;
Ma ɛntwɛn adekyeeɛ hann, nanso mma hann no mmma,
Mma ɛnnhunu anɔpa hann.
11 Adɛn nti koraa na wɔrewo me no, manwuo?
Adɛn nti koraa na mefiri yafunu mu bɛtɔɔ hɔ no, manwuo?+
12 Adɛn nti na nkotodwe bɛhyiaa me,
Na menyaa nufoɔ nomeeɛ?
13 Anka saa berɛ yi mada ama me ho adwo me;+
Anka mada regye m’ahome;+
14 Anka me ne asaase so ahemfo ne wɔn afotufoɔ
A wɔkyekyeree nkuro a ɛnnɛ asɛe pasaa no nyinaa* ada ama me ho adwo me.
15 Anaa anka me ne atitire a wɔwɔ sika kɔkɔɔ,
Ne wɔn a dwetɛ ayɛ wɔn afie ma no ada regye m’ahome.
16 Na adɛn nti na wɔampɔn me ahintaeɛ mu,
Te sɛ mmɔfra a wɔanhunu hann da?
18 Ɛhɔ na nneduafoɔ nyinaa te dwoodwoo;
Wɔnte deɛ ɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma no nne bio.
21 Adɛn nti na wɔtwɛn owuo, nanso ɛmma?+
Wɔhwehwɛ no dendeenden kyɛn agyapadeɛ a wɔde asie.
22 Saa nkurɔfoɔ no, sɛ wɔnya adamena a, wɔdi ahurisie kɛse,
Na wɔn ani gye boro so.
23 Adɛn nti na Onyankopɔn de hann ma ɔbarima a wayera kwan,
Ɔbarima a Onyankopɔn aka no ahyɛ ban mu?+
25 Ɛfiri sɛ deɛ mesuro no, ɛno na aba me so,
Na deɛ ɛyɛ me hu no, ɛno na ato me.
26 Menni asomdwoeɛ, menni ahotɔ, mennya ahomegyeɛ;
Amanehunu nko ara.”
4 Ɛnna Elifas+ a ɔfiri Teman no kaa sɛ:
2 “Sɛ obi yɛ sɛ ɔreka asɛm bi akyerɛ wo a, ɛbɛyɛ wo ahomete anaa?
Na hwan na ɔbɛtumi aka sɛ ɔrenkasa?*
3 Ampa, woatene nnipa pii so,
Na woahyɛ nsa a emu agoɔ den.
4 Deɛ ɔrehwe ase no, wo nsɛm maa no sɔre gyinaa hɔ,
Na wɔn a wɔn nkotodwe ahodwo no, wohyɛɛ wɔn den.
5 Afei a ebi ato wo yi, woaboto;
Ebi kaa wo yi deɛ, w’abam abu.
6 Sɛ wosuro Onyankopɔn a, ɛnneɛ adɛn na wonni ahotɔsoɔ?
Sɛ w’abrabɔ di mu a,+ ɛnneɛ adɛn na wonni anidasoɔ?
7 Mepa wo kyɛw, kaakae wo tirim: Woahu sɛ wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm da?
Da bɛn na wohuu sɛ wɔakum onipa tenenee?
9 Onyankopɔn home sɛe wɔn,
Na n’abufuhyeɛ ma wɔn awieeɛ ba.
11 Nam a ɛnni hɔ nti, gyata wu,
Na gyata mma bɔ hwete.
12 Metee asɛm bi wɔ kokoam,
Na ɛtwaa m’asom ketewaa bi.
13 Anadwo a nnipa ada hatee no,
Menyaa anisoadehunu bi a ɛhaa m’adwene,
14 Ahopopoɔ kɛseɛ bi te sii me so,
Na ehu hyɛɛ me nnompe nyinaa ma.
15 Honhom bi bɛtwaam wɔ m’anim;
Me ho nwi sɔresɔree.
16 Honhom no bɛgyinaa hɔ dinn,
Nanso manhunu sɛdeɛ ɛteɛ papa.
Biribi bɛgyinaa m’anim;
Ɛhɔ tɛm dinn, na afei metee nne bi sɛ:
17 ‘Wohwɛ a, onipa dasani bɛtumi atene asene Onyankopɔn?
Ɔbarima ho bɛtumi ate asene ne Bɔfoɔ?’
19 Ɛnneɛ wohwɛ a, wɔn a wɔtete dɔtedan mu,
Wɔn a wɔn fapem yɛ dɔteɛ no,+ ɔbɛbu wɔn sɛn?
Wɔyam wɔn ntɛm sene abubummabaa!
20 Wɔwɔ hɔ anɔpa, ɛbɛduru anwummerɛ no, na wɔayam wɔn koraa;
Wɔyera korakora, na ɛmfa obiara ho.
21 Wɔte sɛ ntomadan a wɔatwetwe mu nhoma ama atutu agu fam;
Wɔwuwu a wɔnnim nyansa biara.
5 “Wopɛ a frɛ hwɛ sɛ obi bɛgye wo so a!
Akronkronfoɔ no mu hwan na wobɛkɔ ne nkyɛn sɛ ɔmmoa wo?
2 Ahisɛm na ɛbɛkum kwasea,
Na aniberɛ na ɛbɛkum ogyimifoɔ.
3 Mahunu kwasea a n’ase retim,
Nanso prɛko pɛ, wɔdomee ne tenabea.
5 Nnɔbaeɛ a ɔtwa no,* onipa a ɛkɔm de no na ɔbɛdie;
Ɔbɛfa deɛ ɛwɔ nkasɛɛ mu mpo aka ho,
Anitefoɔ bɛmene wɔn agyapadeɛ.*
6 Ɛfiri sɛ mmusuo mfifi wɔ mfuturo mu,
Na ɔhaw mfifi mfiri fam.
7 Na sɛdeɛ egya a ɛredɛre tutu a, ɛkɔ soro no,
Saa ara na onipa nso, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔhaw bɛto no.
8 Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka mɛsrɛ Onyankopɔn,
Anka mede m’asɛm bɛma Onyankopɔn,
9 Anka mede bɛma Deɛ ɔyɛ nneɛma akɛseɛakɛseɛ ne nneɛma a ɛboro yɛn nteaseɛ so,
Deɛ ɔyɛ anwanwadeɛ bebree no.
10 Ɔma nsuo tɔ gu asaase so,
Na ɔma nsuo tɔ gu mfuo so.
11 Ɔma mmɔborɔwa so,
Na ɔpagya deɛ wabotoɔ ma no nya nkwagyeɛ.
12 Ɔsɛe anitefoɔ pɔ a wɔabɔ,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa ano adwuma renyɛ yie.
13 Fidie a anyansafoɔ de wɔn aniteɛ asum no, ɔma no yi wɔn ara,+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a anitefoɔ pɔ a wɔabɔ bɛsɛe.
14 Esum to wɔn awia,
Na awia ketee, wɔde wɔn tiri pempem te sɛ deɛ adeɛ asa.
15 Ɔgye onipa firi anitefoɔ anom sekan ano,
Na ɔgye ohiani firi ɔhoɔdenfoɔ nsam,
16 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmɔborɔwafoɔ bɛnya anidasoɔ,
Na amumuyɛfoɔ aka wɔn ano atom.
17 Hwɛ! Anigyeɛ ne onipa a Onyankopɔn kasa kyerɛ no,
Enti hwɛ na woampo adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ntenesoɔ!
18 Ɛfiri sɛ ɔpira nnipa, nanso ɔkyekyere kuro no;
Ɔbubu nnipa, na ɔde ɔno ara ne nsa sa wɔn yareɛ.
19 Ɔbɛgye wo afiri amanehunu nsia mu,
Na deɛ ɛtɔ so nson mpo renyɛ wo hwee.
20 Ɛkɔm ba a, ɔbɛgye wo afiri owuo nsam,
Na ɛko ba nso a, ɔbɛgye wo afiri sekan nsam.
22 Wobɛsere ɔsɛeɛ ne ɛkɔm,
Na worensuro asaase so mmoa a wɔn ho yɛ hu.
24 Wobɛhunu sɛ wo ntomadan si hɔ dwoodwoo;*
Wobɛkɔ akɔhwɛ wo mmoa adidibea, na wobɛhunu sɛ biribiara nyerae.
25 Wo mma bɛdɔɔso,
Na w’asefoɔ bɛyɛ bebree sɛ asaase so wura.
26 Berɛ a wobɛkɔ adamena mu mpo, na wowɔ ahoɔden,
Te sɛ hwiit* a wɔakyekyere asisi hɔ atifi atifi wɔ ne berɛ mu.
27 Hwɛ! Yɛahwehwɛ asɛm yi mu, na yɛahunu sɛ ɛyɛ nokorɛ.
Tie na gye tom.”
6 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
3 Anka emu bɛyɛ duru asene mpoano anwea mpo.
Ɛno nti na me kasa ayɛ hatuhatu yi.*+
4 Ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no agyan awɔ me mu,
Na me honhom renom emu borɔ;+
Nneɛma a ɛyɛ hu firi Onyankopɔn hɔ aba me so.
6 Obi bɛdi aduane a ɛnyɛ dɛ a ɔremfa nkyene nto mu anaa?
Anaasɛ ɛdɛ bi wɔ dua mu nsuo tentann mu?
7 Mempɛ sɛ mede me nsa ka* saa nneɛma no.
Ɛte sɛ efĩ a afra m’aduane.
8 O sɛ menyae a, anka m’abisadeɛ aba mu
Ama Onyankopɔn ayɛ deɛ mepɛ ama me!
10 Anka ɛno mpo bɛma manya awerɛkyekyerɛ;
Anka ɛyea kɛseɛ a merefa mu nyinaa akyi, mɛdi ahurisie,
Ɛfiri sɛ memmuu m’ani nguu Ɔkronkronni no asɛm so.+
11 Mewɔ ahoɔden a mede bɛkɔ so atwɛn anaa?+
Na anidasoɔ bɛn paa na ɛwɔ hɔ ma me a enti ɛsɛ sɛ mekɔ so tena ase?*
12 Adɛn, m’ahoɔden te sɛ ɔbotan?
Anaa me honam yɛ kɔbere?
13 Mɛyɛ dɛn ahwɛ me ho,
Berɛ a nneɛma a mede hwɛ me ho nyinaa afiri me nsa?
14 Obiara a ɔde ɔdɔ a ɛnni hwammɔ kame ne yɔnko nipa no,+
Ɔremfa adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no suro nyɛ hwee.+
15 Me ara me nuanom adaadaa me+ te sɛ nsuo a ɛtene wɔ awɔ berɛ mu,
Wɔte sɛ nsuo a ɛtene wɔ awɔ berɛ mu a ɛwe.
16 Nsuo a akyene ma nsuo no ani yɛ tumm,
Na emu na sukyerɛmma a anane hinta.
17 Nanso sɛ berɛ so a, nsuo no sã, na ɛntene bio;
Sɛ ɔhyew ba a, ɛwe.
18 N’akwan danedane;
Ɛtene kɔ anwea pradadaa so, na ɛyera.
20 Wɔn nsa anka deɛ wɔhwehwɛ, enti wɔn ani awu;
Wɔba bɛduru hɔ, nanso wɔnnya hwee.
22 Adɛn, maka sɛ, ‘Momma me biribi’?
Anaa maka sɛ momfa mo ahodeɛ no bi nkyɛ me?
23 Maka akyerɛ mo sɛ monnye me mfiri ɔtamfo nsam?
Anaa maka akyerɛ mo sɛ monnye me mfiri atirimuɔdenfoɔ nsam?
25 Asɛm a ɛyɛ nokorɛ deɛ, ɛnyɛ ya!+
Nanso mo kasakyerɛ no, adepa bɛn paa na ɛwom?+
26 Adɛn, moayɛ mo adwene sɛ asɛm a mɛka biara, mobɛbɔ agu?
Obi a n’adwene atu afra anom asɛm+ a mframa hu kɔ yi?
28 Afei, monnane mo ani na monhwɛ me,
Ɛfiri sɛ merentwa atorɔ wɔ mo anim.
29 Mepa mo kyɛw, monsan nnwene ho bio; monnnwene bɔne mmma me;*
Aane, monsan nnwene ho bio, ɛfiri sɛ meda so ara yɛ ɔteneneeni.
30 Mede me kɛtrɛma aka bɔne anaa?
Adɛn, ɛyɛ mo sɛ mennim deɛ enti a merehunu amane?*
4 Sɛ mekɔda a, mebisa sɛ, ‘Da bɛn na mɛsɔre?’+
Mekɔda a, anadwo no nyinaa mentumi nna; mepere ara kɔsi ahomakye.
6 Me nna kɔ ntɛmntɛm sene sɛdeɛ ntomanwenefoɔ nsa di akɔneaba no;*+
Ɛba awieeɛ, na menni anidasoɔ biara.+
9 Sɛdeɛ mununkum hwete na ɛyera no,
Saa ara na deɛ ɔsiane kɔ Adamena* mu no rensan mfiri hɔ mma bio.+
11 Enti merenka m’ano ntom.
12 Adɛn, meyɛ ɛpo anaa ɛpo mu aboa kɛseɛ
Na woagye me ho ban?
13 Sɛ meka sɛ, ‘Me mpa bɛkyekye me werɛ;
Me kɛtɛ bɛte m’awerɛhoɔ so’ a,
14 Ɛno koraa na woma meso daeɛ huhuuhu,
Na wode anisoadehunu hunahuna me.
16 Me nkwa afono me;+ mempɛ sɛ mekɔ so tena ase bio.
Gyaa me, na me nna te sɛ hwenem mframa.+
20 Sɛ mayɛ bɔne mpo a, ɛdeɛn na ɛbɛtumi ayɛ wo, wo a w’ani di nnipa akyi?+
Adɛn nti na woatu w’ani asi me so saa?
Adɛn, mayɛ adesoa ama wo anaa?
21 Adɛn nti na womfa me bɔne nkyɛ me
Na wommu w’ani ngu me mfomsoɔ so?
Ɛfiri sɛ ɛrenkyɛ na makɔda wɔ dɔteɛ mu;+
Wobɛhwehwɛ me, nanso na mekɔ.”
8 Ɛnna Bildad+ a ɔfiri Suha+ no kaa sɛ:
2 “Wobɛkeka saa nsɛm yi akɔsi da bɛn?+
W’anom nsɛm te sɛ mframa a ano yɛ den!
3 Wohwɛ a, Onyankopɔn bɛkyea atemmuo?
Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no bɛkyea atɛntenenee anaa?
4 Sɛ wo mma no yɛɛ no bɔne a,
Wɔn atuateɛ ho asotwe na ɔde ama wɔn no.*
5 Sɛ wode w’ani to Onyankopɔn so,+
Na wosrɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no sɛ ɔnhu wo mmɔbɔ,
6 Sɛ ɛyɛ ampa ara sɛ woyɛ obi a wo ho teɛ na wotene a,+
Anka watwa n’ani abɛhwɛ wo,*
Na wama woasan asi wo dada mu.
8 Mepa wo kyɛw, bisa awoɔ ntoatoasoɔ a abɛsene kɔ no,
Na ma nneɛma a wɔn papanom hwehwɛ hunuiɛ no ho nhia wo.+
9 Yɛn deɛ, ɛnnora yi ara na wɔwoo yɛn, na yɛnnim hwee,
Ɛfiri sɛ yɛn nna wɔ asaase yi so te sɛ sunsum.
11 Wohwɛ a, sɛ mmɛwa* annya asaase a nsuo taa so* a, ɛbɛtumi anyini ayɛ tenten?
Demmire* bɛtumi anyini ayɛ tenten wɔ baabi a nsuo nni anaa?
13 Saa na ɛbɛwie wɔn a wɔn werɛ afi Onyankopɔn no nyinaa,*
Ɛfiri sɛ abɔnefoɔ* anidasoɔ bɛyera,
14 Wɔde wɔn ho to adehunu so,
Na adeɛ a wɔde wɔn werɛ hyɛ mu no, ɛyɛ mmerɛ te sɛ ananse ntentan.*
15 Ɔbɛtwere ne dan, nanso ɛrennyina;
Ɔbɛsɔ mu dendeenden, nanso ɛrennyina.
18 Nanso sɛ wɔtu no firi baabi a ɛsi a,
Baabi a na ɛsi no bɛka sɛ ɛnnim no, na aka akyerɛ no sɛ, ‘Menhuu wo da.’+
20 Wɔn a wɔn abrabɔ di mu* no, ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn bɛpo wɔn da,
Na abɔnefoɔ nso, ɔremmoa wɔn da,*
21 Ɔde sereɛ bɛhyɛ w’anom ma,
Na wama wode w’ano abɔ ose.
22 W’atamfo bɛfira animguaseɛ sɛ ntoma,
Na abɔnefoɔ ntomadan bɛfiri hɔ.”
9 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
2 “Ampa ara, menim sɛ saa na ɛteɛ.
Nanso ɛbɛyɛ dɛn na onipa dasani atumi ne Onyankopɔn adi asɛm na wadi bem?+
4 Ɔyɛ akoma mu nyansafoɔ, na ne tumi ne n’ahoɔden nni ano.+
Hwan na ɔbɛtumi ne no adi asie na asi no yie?+
7 Ɔkasa kyerɛ awia sɛ ɛmmmɔ,
Na ɔkata nsoromma ani na anhyerɛn;+
8 Ɔno nko ara na ɔtrɛ ɔsoro mu,+
Na ɔtiatia ɛpo asorɔkye akɛseɛ so.+
9 Ɔno na ɔyɛɛ Ayis nsorommakuo,* Kesil nsorommakuo,* ne Kima nsorommakuo,*+
Na ɔno na ɔyɛɛ nsorommakuo a ɛwɔ anaafoɔ fam wiem no;*
11 Ɔnam me ho a, menhu no;
Ɔtwa mu wɔ me ho a, menhu sɛ ɛyɛ ɔno a.
12 Sɛ ɔhwim biribi a, hwan na ɔbɛtumi asi no kwan?
Hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Deɛn na woreyɛ yi?’+
14 Ɛnneɛ sɛ merema no mmuaeɛ a,
Ɛsɛ sɛ mehwɛ me kasa yie paa!
15 Sɛ m’asɛm yɛ dɛ mpo a, meremma no mmuaeɛ.+
Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛpa me temmufoɔ* no kyɛw sɛ ɔnhu me mmɔbɔ.
16 Sɛ mefrɛ no a, ɔbɛgye me so anaa?
18 Ɔmma mennya home mpo;
Nneɛma a ɛyɛ ya nko ara na ɔde puapua me.
19 Yɛreka ahoɔden a, ɔno ne otumfoɔ.+
Na yɛreka atɛntenenee a, n’asɛm ne sɛ: ‘Hwan na ɔbɛtumi afrɛ me sɛ memmɛyi m’ano?’
20 Sɛ medi bem mpo a, anka me ankasa m’ano na ɛbɛbu me fɔ;
22 Ne nyinaa, ade korɔ yi ara. Ɛno nti na mereka sɛ,
‘Ɔsɛe deɛ ne ho nni asɛm* ne ɔbɔnefoɔ nyinaa fra.’
23 Sɛ nsuo yiri bu fa so kum nnipa mpofirim a,
Ɔbɛsere wɔn a wɔn ho nni asɛm no, amanehunu a ato wɔn no nti.
Sɛ ɛnyɛ ɔno a, ɛnneɛ ɛyɛ hwan?
27 Sɛ meka sɛ, ‘Mɛma me werɛ afi me haw,
Mɛte m’anim, na mama m’ani agye’ a,
Enti adɛn nti na ɛsɛ sɛ mebrɛ guo?+
30 Sɛ mede sukyerɛmma a anane ayɛ sɛ nsuo dware,
Na mede samina* hohoro me nsa mpo a,+
31 Anka wode me bɛwura amena a atɛkyɛ wom mu,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me ho bɛyɛ me ntaadeɛ mpo tan.
35 Ɛnneɛ me ne no bɛkasa a merensuro no,
Ɛfiri sɛ menyɛ obi a ɔde ehu kasa.
Mɛka me haw.
M’amanehunu mu* na mɛka m’asɛm!
2 Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: ‘Mmu me fɔ.
Kyerɛ me deɛ enti a wo ne me redie.
3 Enti woreteetee me yi, ɛyɛ ma wo?
Na wo nsa ano adwuma a womfa no nyɛ hwee yi, ɛyɛ?+
Abɔnefoɔ afotuo mmom na wopɛ?
4 Adɛn, w’ani yɛ onipa ani?
Anaa sɛdeɛ onipa dasani hunu adeɛ no, saa ara na wohu no?
5 Wo nna te sɛ ɔdasani nna anaa?
Anaa wo mfeɛ te sɛ nnipa mfeɛ?+
6 Ɛnneɛ adɛn nti na wohwehwɛ me ho mfomsoɔ,
Na wokɔ so hwehwɛ bɔne wɔ me ho?+
8 Wo ara wo nsa na ɛnwenee me; ɛno ara nso na ɛyɛɛ me.+
Nanso seesei wonya a wobɛsɛe me afiri hɔ koraa.
10 Woanhwie me te sɛ nufosuo angu me maame yam anaa?*
Na woamma manyɛ sɛ nufosuo a ada ama adane kyiis anaa?
13 Nanso wohyɛɛ da bɔɔ me ho pɔ sɛ wode saa nneɛma yi bɛyɛ me.*
Menim sɛ saa nneɛma yi firi wo.
15 Sɛ medi fɔ a, asɛm ato me!
17 Wode adansefoɔ foforɔ ba bɛdi adanseɛ tia me,
Na woma w’abufuo yɛ kɛse wɔ me so;
Amanehunu baako ba a, na amanehunu foforɔ di so.
18 Enti ɛyɛɛ dɛn koraa na woyii me firii me maame yam baeɛ?+
Menyae a anka mewuiɛ, na ani biara anhu me.
19 Anka ɛbɛyɛ sɛ deɛ mamma wiase koraa.
Anka berɛ a wɔyii me firii yafunu mu ara pɛ, wɔde me bɛkɔ adamena mu.’
20 Me nna nyɛ kakraa bi anaa?+ Ma no nnyaa me;
Ma no nyi n’ani mfiri me so, na me ho ntɔ me kakra*+
21 Ansa na makɔ. Mekɔ a, meremma bio.+
22 Mɛkɔ asaase a esum tumm wɔ soɔ so,
Asaase a esum kabii ne sakasaka wɔ so,
Baabi a hann mpo yɛ kusuu.”
11 Ɛnna Sofar+ a ɔfiri Naama no kaa sɛ:
3 Wogye di sɛ wo kasa hunu yi bɛma nnipa aka wɔn ano atom anaa?
Nsɛm a woreka twi yɛn no, ɛyɛ wo sɛ obiara renka w’anim wɔ ho anaa?+
6 Anka ɔbɛka nyansa adeɛ ɛbɛma woahunu kyerɛ wo,
Ɛfiri sɛ nyansa ho nneɛma dɔɔso.
Ɛhɔ na wobɛhunu sɛ Onyankopɔn abu n’ani agu wo mfomsoɔ no bi so.
7 Wobɛtumi ahunu Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no anaa?
Anaa wobɛtumi ahunu adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ho biribiara?*
8 Ɛkorɔn sene ɔsoro. Ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ?
Emu dɔ sene Adamena.* Ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu?
9 Ɛware sene asaase,
Na ɛtrɛ sene ɛpo.
10 Sɛ ɔretwam na ɔkye obi, na ɔde no kɔ asɛnnibea a,
Hwan na ɔbɛtumi asi no kwan?
11 Ɛfiri sɛ sɛ mmarima redaadaa nkurɔfoɔ a, ɔhunu.
Sɛ ɔhunu adebɔne a, ɔrenhunu anaa?
13 Wo deɛ, yɛ w’akoma yie
Na trɛ wo nsam kyerɛ no;
15 Ɛba saa a, wobɛtumi ama w’ani so a woremfɛre;
Na wobɛgyina pintinn a worensuro.
16 Ɛbɛma wo werɛ afi wo haw;
Wobɛkae no sɛ nsuo a abɛsene kɔ.
17 Wo nkwa bɛhyerɛn asene sɛdeɛ awia hyerɛn awia ketee;
Na ne sum mpo bɛyɛ sɛ adekyeeɛ.
18 Wobɛnya awerɛhyɛmu ɛfiri sɛ anidasoɔ wɔ hɔ.
Wobɛhwɛ wo ho nneɛma ahyia, na wobɛda dwoodwoo.
19 Wobɛda, na obiara renhunahuna wo.
Na nnipa bebree bɛba wo nkyɛn sɛ yɛ wɔn adom.
20 Abɔnefoɔ deɛ, wɔn ani renhunu adeɛ yie.
Wɔrennya baabiara nnwane nkɔ,
12 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
Monkyɛn me.
Hwan na ɔnnim saa nneɛma yi?
Ɔteneneeni a ne ho nni asɛm no ho ayɛ sere.
5 Deɛ n’asom adwo no no deɛ, ɔsere wɔn a wɔhunu amane;
N’adwene nyinaa ne sɛ, wɔn a wɔhinhim* no na wɔhunu amane.
6 Akorɔmfo-werɛmfoɔ ntomadan wɔ hɔ dwoodwoo,+
Na wɔn a wɔhyɛ Onyankopɔn abufuo no wɔ ahobammɔ,+
Wɔn a wɔkura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.
7 Wo deɛ, mepa wo kyɛw, bisa mmoa, na wɔbɛkyerɛ wo;
Bisa wiem nnomaa, na wɔbɛka akyerɛ wo.
9 Wɔn mu hwan na ɔnnim sɛ
Yehowa nsa na ayɛ wei?
16 Ɔno na ahoɔden ne nyansa wɔ no;+
Ɔno na deɛ ɔrefom kwan ne deɛ ɔma nkurɔfoɔ fom kwan nyinaa yɛ ne dea;
17 Ɔma afotufoɔ de wɔn nan sisi fam nante,*
Na ɔma atemmufoɔ dane nkwaseafoɔ.+
19 Ɔma asɔfoɔ de wɔn nan sisi fam nante,+
Na ɔtu atumfoɔ a wɔn ase atim gu;+
20 Ɔma afotufoɔ anokwafoɔ nsɛm ka wɔn anom,
Na ɔgye nkɔkoraa* nyansa;
Na ɔma atumfoɔ tumi brɛ ase;*
22 Nneɛma a asie wɔ sum mu no, ɔyi pue,+
Na ɔma hann tɔ esum kabii so;
23 Ɔma aman yɛ akɛseɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe wɔn;
Ɔma aman trɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtu wɔn afiri wɔn asaase so akɔ.
24 Ɔgye aman mpanimfoɔ nteaseɛ* firi wɔn nsam,
Na asaase a ɛda mpan a ɛnni anammɔnkwan na ɔma wɔkyinkyini so.+
13 “Ampa, m’ani ahunu wei nyinaa,
M’aso ate, na mate aseɛ.
2 Deɛ monim no, me nso menim;
Monkyɛn me.
3 Me deɛ, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ankasa na mepɛ sɛ me ne no kasa;
Onyankopɔn na mepɛ sɛ meyi m’ano wɔ n’anim.+
6 Mepa mo kyɛw, montie m’anoyie,
Na montie m’ano asɛm.
7 Mobɛka asɛm a ɛnyɛ nokorɛ ahyɛ Onyankopɔn ano anaa?
Anaa mobɛka nnaadaasɛm wɔ Onyankopɔn din mu?
9 Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, mohwɛ a ɛbɛsi mo yie?+
Anaa mobɛdaadaa no sɛdeɛ modaadaa onipa dasani no?
11 N’animuonyam kɛkɛ remma monsuro anaa?
Na ne ho hu rentɔ mo so?
13 Monka mo ano ntom wɔ m’anim na menkasa,
Na deɛ ɛbɛba me so biara mmra!
17 Montie m’asɛm yi yie;
Monyɛ aso ntie m’ano asɛm.
18 Hwɛ, seesei maboaboa m’asɛm ano rekɔ asɛnnibea;
Menim sɛ medi bem.
19 Hwan na ɔne me bɛdi asie?
Sɛ memua m’ano a, anka mɛwu!*
20 O, Onyankopɔn, nneɛma mmienu pɛ na mepɛ sɛ woyɛ ma me,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a meremfa me ho nsie wo:
22 Ɛbɛyɛ a, kasa ma menyi ano,
Anaa ma menkasa, na wo yi ano.
23 Mfomsoɔ bɛn na madie, na bɔne bɛn na mayɛ?
Ma menhunu me mmarato ne me bɔne.
26 Ɛfiri sɛ daa wotwerɛtwerɛ me ho nsɛm yayaaya,
Na woma metua bɔne a meyɛɛ no me mmeranteberɛm no ho ka.
27 Wode me nan abɔ dua mu,
W’ani di m’akwan nyinaa akyi,
Na baabi a mede me nan si biara, wohyɛ hɔ nso.
4 Hwan na ɔbɛtumi anya deɛ ne ho teɛ afiri deɛ ne ho nteɛ mu?+
Obiara nni hɔ!
7 Dua mpo, anidasoɔ wɔ hɔ ma no.
Sɛ wɔtwa a, ɛbɛsan afefɛ bio,
Na deɛ afefɛ no bɛkɔ so anyini.
8 Sɛ ne nhini twintwam wɔ fam,
Na ne dunsini wu wɔ dɔteɛ mu,
9 Na ɛnya te nsuo nka pɛ a, na afefɛ,
Na ɛyiyi nkorabata te sɛ dua foforɔ.
11 Nsuo firi ɛpo mu kɔ;
Asubɔnten twe, na ɛwe.
12 Onipa nso kɔda, na ɔnsɔre.+
Berɛ a ɔsoro wɔ hɔ yi deɛ, ɔrensɔre,
Na ɔrennyane mfiri ne nna mu.+
13 O, menyae a anka wode me asie Adamena* mu,+
Anka wode me asie akɔsi sɛ w’abufuo bɛtwam,
Menyae a, anka woahyɛ me da a wode bɛkae me!+
14 Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?+
W’ani bɛgyina* wo nsa ano adwuma.
16 Nanso seesei deɛ, anammɔn a mɛtu biara, wokan;
Me bɔne nko ara na wohwɛ.
17 Wode me mmarato ahyɛ kotokuo mu akyekyere ano,
Na wode gluu atare me mfomsoɔ ano.
18 Sɛdeɛ bepɔ dwiri gu na ɛfiri hɔ,
Na ɔbotan tutu firi baabi a ɛsi,
19 Sɛdeɛ nsuo ma aboɔ hi,
Na nsuo yiri hohoro asaase so dɔteɛ kɔ no,
Saa ara na wosɛe onipa dasani anidasoɔ.
15 Ɛnna Elifas+ a ɔfiri Teman no kaa sɛ:
3 Sɛ wode nsɛm nko ara kasa kyerɛ yɛn a, ɛrenkɔsi hwee,
Na mfasoɔ biara nni kasa hunu so.
4 Wobu Onyankopɔn suro animtia,
Na woma ɛyɛ den ma nkurɔfoɔ sɛ wɔbɛdwene Onyankopɔn ho.
7 Adɛn, wone onipa a wɔdii kan woo no?
Anaa wɔwoo wo ansa na nkokoɔ reba?
8 Adɛn, Onyankopɔn ka ne tirim asɛm kyerɛ wo?
Anaa ɛyɛ wo sɛ wo nko ara na wonim nyansa?
Na nteaseɛ bɛn na wowɔ a yɛnni bi?
11 Adɛn, Onyankopɔn awerɛkyekyerɛ sua ma wo?
Anaa asɛm a yɛne wo ka no bɔkɔɔ no sua ma wo?
12 Adɛn nti na wodi w’akoma akyi?
Na adɛn nti na abufuo ama w’ani ayɛ kɔɔ saa?
17 Mɛka akyerɛ wo; tie me!
Deɛ mahunu no, mɛka akyerɛ wo.
18 Deɛ anyansafoɔ te firii wɔn papanom hɔ a wɔde ato dwa+
A wɔamfa ansie no, mɛka akyerɛ wo.
19 Wɔn nko ara na wɔde asaase no maa wɔn,
Na hɔhoɔ biara antwam amfa wɔn mu.
20 Ɔbɔnefoɔ fa ateetee mu ne nna nyinaa;
Otirimuɔdenfoɔ hunu amane ne nkwa nna nyinaa.
23 Ɔnenam hwehwɛ aduane.* Na ɔbisa sɛ, ɛhe na ɛwɔ?
Ɔnim paa sɛ esum da no abɛn.
24 Amanehunu ne ahoyera hunahuna no daa;
Ɛbu fa ne so te sɛ ɔhene a wayɛ krado rekɔko.
25 Ɛfiri sɛ ɔma ne nsa so tia Onyankopɔn,
Na ɔyɛ ne ho sɛ ɔkorɔn sene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no;
26 Ɔyɛ aniammɔnho de ne kyɛm pipiripie* a ɛyɛ den no
Kɔ ne so;
27 N’afono nyinaa atotɔ,
Na n’afuru ayɛ kɛse;
28 Nkuro a ɛbɛsɛe na ɔbɛtena mu;
Afie a obiara rentena mu
A ɛbɛdane aboɔ asum hɔ na ɔbɛtena mu.
29 Ɔrennya ne ho, na n’ahodeɛ rennɔɔso,
Na n’agyapadeɛ rentrɛ wɔ asaase so.
31 Ɛnsɛ sɛ ɔfom kwan na ɔde ne werɛ hyɛ adehunu mu,
Ɛfiri sɛ adehunu na ɔbɛnya afiri mu;
32 Ɛrenkyɛ na aba ne so.
Na ne nkorabata renyɛ frɔmfrɔm da.+
33 Ɔbɛyɛ sɛ bobe dua a ɛporo n’aba bunu gu,
Na wayɛ sɛ ngodua a ɛporo ne nhyerɛnee gu.
35 Wɔnyinsɛn bɔne na wɔwo mmusuo,
Na nnaadaa ahyɛ wɔn yafunu ma.”
16 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
2 “Mate nsɛm a ɛtete sei bebree.
Mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ!+
3 Da bɛn na nsɛnhunu yi bɛgyae?
Ɛdeɛn na ɛka wo* ma wokasa saa?
4 Me nso mɛtumi akasa sɛ mo.
8 Woayere me, na nkurɔfoɔ ahunu,
Na me honam mpo di adanseɛ sɛ mafɔn paa.
9 N’abufuo atete me pasapasa, na ɔde me ho asɛm ahyɛ ne mu.+
Ɔhu me a na ne bo afu dendeenden.*
Me tamfo apɔkyere n’ani hwɛ me.+
10 Wɔabue wɔn anom kakraa rebɛmene me,+
Na wɔabɔ m’asom agu m’anim ase;
Wɔaboaboa wɔn ano bebree reba me so.+
12 Ná mete hɔ dwoodwoo, nanso ɔwosoo me;+
Ɔsɔɔ me kɔn akyi, na ɔbubuu me pasaa,
Na ɔtuu n’ani sii me so.
14 Mayɛ sɛ ɔfasuo a ɔtutu me mu ntokuro daa.
Ɔba me so sɛ ɔsabarima.
15 Mapam awerɛhoɔ ntoma* akata me ho,+
Na masie m’animuonyam* wɔ dɔteɛ mu.+
18 O asaase, nkata me mogya so!+
Na me sufrɛ nso, mma ɛnnnyae!
19 Seesei mpo, me danseni te soro;
Deɛ ɔbɛtumi adi me ho adanseɛ wɔ sorosoro.
3 Mepa wo kyɛw, gye deɛ mede resi awowa no na fa sie.
Hwan bio na ɔbɛkyea me nsam de adi agyinamu ama me?+
5 Wɔtumi ne wɔn nnamfo kyɛ deɛ wɔwɔ,
Berɛ a ɛkɔm ama wɔn mma ani akeka kɔ mu.
10 Enti mo nyinaa mommra, na monsan mmɛkeka mo nsɛm no bio,
Na me deɛ, menhunu onyansafoɔ biara wɔ mo mu.+
12 Wɔde anadwo yɛ awia,
Na wɔka sɛ: ‘Esum aba yi deɛ, ɛrenkyɛ hann bɛba.’
14 Mɛka akyerɛ amena*+ sɛ, ‘Me papa ne wo!’
Na maka akyerɛ mmoaa sɛ, ‘Me maame ne me nuabaa!’
Hwan na wahunu m’anidasoɔ?
16 Ɛbɛsiane akɔ* Adamena* apono a wɔabram akyire mu,
Na me ne m’anidasoɔ nyinaa bɛsiane akɔ dɔteɛ mu.”+
18 Ɛnna Bildad+ a ɔfiri Suha no kaa sɛ:
2 “Da bɛn na mobɛgyae* saa nsɛm no ka?
Monte asɛm ase kakra, na yɛn nso yɛatumi akasa.
4 Sɛ abufuo nti, wotete wo* mu nketenkete mpo a,
Wogye di sɛ wo nti wɔbɛpo asaase?
Anaa ɛyɛ wo sɛ wo nti ɔbotan bɛtu afiri baabi a ɛsi?
6 Ne ntomadan mu hann bɛdane sum,
Na kanea a ɛsɛn ne ntomadan mu bɛdum.
8 Ɛfiri sɛ ne nan de no bɛkɔ akɔtɔ atena mu,
Na ɔbɛkyinkyini akɔtɔ asau mu.
10 Wɔde ahoma asie fam retwɛn no,
Na wɔasum fidie wɔ ne kwan so.
14 Wɔbɛtwe no afiri ne ntomadan mu, baabi a ɔnya ahobammɔ no,+
Na wɔatwe no akɔ nneɛma huhuuhu hene no* anim.
18 Wɔbɛpamo no afiri hann mu akɔ sum mu,
Na wɔapamo no afiri asaase so.
21 Wei na ɛbɛba ɔbɔnefoɔ ntomadan so,
Na deɛ ɔnnim Onyankopɔn no, wei na ɛbɛto ne tenabea.”
19 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
4 Na sɛ ɛyɛ ampa sɛ madi mfomsoɔ mpo a,
Me mfomsoɔ yɛ me ara m’asɛm.
5 Sɛ moayɛ mo adwene sɛ moremfa me nyɛ hwee,
Na moka sɛ animguaseɛ a ato me no fata me a,
6 Ɛnneɛ monhunu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na wadaadaa me,
Na ɔno na ɔde n’atena akye me.
7 Hwɛ! Meteam daa sɛ: ‘Asɛm ato me o!’ nanso obiara nnye me so;+
Meteam daa sɛ obi mmoa me, nanso atɛntenenee biara nni hɔ.+
9 Wagye m’animuonyam afiri me nsam,
Na wayi ahenkyɛ no afiri me tiri so.
10 Ɔbubu me kɔsi sɛ mɛyera;
Na ɔtu m’anidasoɔ sɛ dua.
13 Wapamo me ankasa me nuanom afiri me ho kɔ akyirikyiri,
Na wɔn a wɔnim me ayi me baako ahyɛ me nsa.+
16 Mefrɛ m’akoa, nanso ɔmmua me.
Mebue m’ano pa no kyɛw sɛ ɔnhu me mmɔbɔ.
18 Mmɔfra nketewa mpo de m’anim ayɛ fam;
Menya sɔre pɛ, na wɔafiri aseɛ rehuro me.
23 Menyae a, anka wɔatwerɛ me nsɛm ato hɔ;
Menyae a, anka wɔatwerɛ wɔ nwoma mu!
26 Sɛ wɔsɛe me wedeɛ wie a,
Berɛ a meda so ara wɔ honam no, mɛhunu Onyankopɔn,
Nanso me mu deɛ, mete nka sɛ mabubu!*
28 Ɛfiri sɛ moka sɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛreyɛ de atan n’ani?’+
Na moka sɛ asɛm no firi me ara.
29 Mo ara nso, ɛsɛ sɛ mosuro sekan,+
Ɛfiri sɛ sekan bɛtwe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso;
Monhunu sɛ ɔtemmufoɔ bi wɔ hɔ.”+
20 Ɛnna Sofar+ a ɔfiri Naama no kaa sɛ:
2 “Me ho yera me,
Enti deɛ ɛrekɔ so wɔ me tirim no pusuu me sɛ menkasa.
4 Sɛdeɛ wonim biribiara yi deɛ, ɛnneɛ wonim wei dadaada,
Ɛfiri sɛ ɛfiri berɛ a wɔde onipa* too asaase so nyinaa saa ara na ɛteɛ;+
5 Ɛne sɛ, omumuyɛfoɔ nni ahurisie nkyɛ,
6 Sɛ ne kɛseyɛ kɔduru soro,
Na ne tiri kɔka mununkum mpo a,
7 Ɔbɛyera koraa te sɛ ɔno ara ne tiafi.
Wɔn a berɛ bi na wɔhu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’
10 Ɔno ara ne mma bɛsrɛ ahiafoɔ sɛ wɔmmoa wɔn,
Na ɔno ankasa ne nsa bɛsan de n’ahonyadeɛ akɔ baabi a ɔnya firiiɛ.+
12 Sɛ adebɔne yɛ n’anom dɛ,
Na ɔde sie ne kɛtrɛma ase,
13 Sɛ ɔma ɛyɛ no dɛ, na wampu angu,
Na ɔma ɛkɔ so da n’anom a,
14 N’aduane bɛyɛ nwono wɔ ne yam;
Ɛbɛyɛ sɛ ɔprammire borɔ* wɔ ne mu.
15 Wamemene ahonyadeɛ, nanso ɔbɛfe aba;
Onyankopɔn bɛyi afiri ne yam.
17 Ɔrenhunu nsuo a ɛretene no da,
Ɛwoɔ ne bɔta a ɛrebu fa so sɛ nsuo no.
19 Ɛfiri sɛ watiatia ahiafoɔ so agya wɔn hɔ,
Na wagye efie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ.
20 Nanso n’asom rennwo no;
N’ahonyadeɛ rentumi nnye no.
21 Biribiara nni hɔ a aka a ɔbɛmene;
Ɛno nti na ne yiedie renkyɛ no.
22 Berɛ a wanya ahonyadeɛ ama abu so no, adwendwene bɛhyɛ ne so;
Mmusuo kɛseɛ bɛba ne so.
24 Sɛ ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano a,
Kɔbere agyan bɛwɔ ne mu.
26 N’agyapadeɛ bɛyera wɔ esum kabii mu;
Egya a obiara mfite mu bɛhye no;
Obiara a waka wɔ ne ntomadan mu no, amanehunu bɛto no.
27 Ɔsoro bɛma ne mfomsoɔ ada adi;
Asaase bɛsɔre adi adanseɛ atia no.
29 Wei na nipabɔnefoɔ bɛnya afiri Onyankopɔn hɔ,
Wei ne agyapadeɛ a Onyankopɔn de ato hɔ ama no.”
21 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
2 “Monyɛ aso ntie m’asɛm yi yie,
Na momfa ɛno nkyekye me werɛ.
4 Onipa na meka me haw kyerɛ no anaa?
Sɛ saa a, anka m’aboterɛ* nsae anaa?
5 Monhwɛ me; montɛɛ mo anom nhwɛ me.
Momfa mo nsa nto mo ano.
6 Sɛ medwene ho a, na mayɛ basaa;
Ɛba saa a, na me ho repopo.
8 Daa wɔn mma wɔ wɔn anim,
Na wɔhu wɔn asefoɔ mpo.
10 Wɔn anantwinini foro anantwibedeɛ pɛ, na wɔanyinsɛn;
Wɔn anantwibedeɛ wo, na wɔmpɔn.
11 Wɔn mma mmarima tu mmirika wɔ abɔnten te sɛ nnwankuo,
Na wɔn mma hurihuri.
14 Nanso wɔka kyerɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ, ‘Gyaa yɛn!
Yɛmpɛ sɛ yɛhunu w’akwan.+
15 Hwan ne adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no a enti ɛsɛ sɛ yɛsom no?+
Na sɛ yɛhu no a, deɛn paa na yɛbɛnya?’+
16 Nanso menim sɛ wɔnni wɔn yieyɛ so tumi.+
Me ne nnebɔneyɛfoɔ nsusuiɛ* nni hwee yɛ.+
17 Mprɛ sɛn na wɔdum abɔnefoɔ kanea?+
Mprɛ sɛn na amanehunu to wɔn?
Mprɛ sɛn na Onyankopɔn sɛe wɔn wɔ n’abufuo mu?
18 Da bɛn paa na abɔnefoɔ yɛɛ sɛ serɛ a mframa rebɔ no?
Anaa da bɛn na ahum huu wɔn kɔɔ sɛ ntɛtɛ?
19 Onyankopɔn de onipa asotwe bɛto hɔ ama onipa no ara mma.
Nanso ma Onyankopɔn ntua onipa no nso ka mma ɔnhunu sɛdeɛ ɛteɛ.+
23 Obi wu berɛ a ɔwɔ ahoɔden paa,+
Berɛ a ɔnni haw biara na ne ho adwo no,+
24 Berɛ a ne srɛ ayeyɛ akɛseɛ,
Na ne nnompe mu ayɛ den* no.
28 Ɛfiri sɛ mobisa sɛ, ‘Onipa titire no fie wɔ he?
Na ɛhe na ntomadan a ɔbɔnefoɔ no tenaa mu no wɔ?’+
30 Ɛmmaa monhunuu sɛ ɔbɔnefoɔ fa ne ho di amanehunu da,
Na wɔgye no abufuo da anaa?
31 Hwan na ɔbɛka asi n’anim sɛ ne kwan nyɛ?
Na deɛ wayɛ no, hwan na ɔbɛtua ne so ka?
32 Sɛ wɔde no kɔto adamena mu a,
Wɔbɛsiri pɛ wɔ ne nna so.
33 Dɔteɛ ntoantoa a ɛwɔ bɔn mu bɛyɛ no dɛ,+
Na nnipa nyinaa bɛdi n’akyi,*+
Sɛdeɛ nnipa a wɔn dodoɔ nni ano dii n’anim no.
34 Enti adɛn nti na moma me awerɛkyekyerɛ hunu?+
Mo nsɛm a moka nyinaa, hwee nnim; nnaadaa nko ara!”
22 Ɛnna Elifas+ a ɔfiri Teman no kaa sɛ:
2 “Ɔbarima so wɔ mfasoɔ ma Onyankopɔn anaa?
Na obi a ɔwɔ nhunumu so wɔ mfasoɔ ma no anaa?+
3 Sɛ woyɛ ɔteneneeni a, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no deɛ, ɛfa ne ho bɛn?*
Na wokɔ so ma w’abrabɔ di mu a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?+
4 Wo nyamesuro nti, ɔbɛdi w’asɛm
Na watwe w’aso anaa?
6 Wogye awowa firi wo nuanom nkyɛn berɛ a ɛnsɛ sɛ wogyeɛ,
9 Nanso womaa akunafoɔ de nsapan kɔe,
Na nnyanka nso, wobubuu wɔn nsam.
10 Ɛno nti na mfidie* atwa wo ho ahyia,+
Na nneɛma a ɛyɛ hu a ɛba mpofirim hunahuna wo no.
11 Ɛno nti na esum kabii aba a wontumi nhunu adeɛ no.
Na ɛno nso nti na nsuo ayiri akata wo so no.
12 Ɛnyɛ ɔsorosoro na Onyankopɔn wɔ anaa?
Na hwɛ sɛdeɛ nsoromma nyinaa wɔ soro tɔnn.
13 Nanso woka sɛ: ‘Ɛdeɛn koraa na Onyankopɔn nim?
Ɔbɛtumi ahunu deɛ ɛwɔ sum kabii mu abu atɛn anaa?
15 Wobɛfa tete kwan a
Nnipabɔnefoɔ faa soɔ no so anaa?
17 Wɔka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: ‘Gyaa yɛn!’
Na wɔkaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no bɛtumi ayɛ yɛn?’
18 Nanso Ɔno na ɔde nneɛma pa ahyɛ wɔn afie ma.
(Me deɛ, adwemmɔne a ɛte saa nni me tirim koraa.)
19 Ateneneefoɔ bɛhunu wei na wɔadi ahurisie,
Na wɔn a wɔn ho nni asɛm bɛdi wɔn ho fɛ sɛ:
20 ‘Wɔasɛe yɛn atamfo,
Na wɔn ho biribiara a aka nso, egya bɛhye.’
23 Sɛ wosan ba adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nkyɛn a, wobɛsan asi wo dada mu;+
Sɛ woyi deɛ ɛntene firi wo ntomadan mu,
24 Sɛ woto wo sika kɔkɔɔ* gu mfuturo mu,
Na woto Ofir sika kɔkɔɔ+ no gu subɔn* mu a,
25 Anka adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no bɛba abɛyɛ wo sika kɔkɔɔ,*
Na ɔno ara nso abɛyɛ wo dwetɛ amapa.
26 Anka adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nti, w’ani bɛgye,
Na woama w’ani so akyerɛ Onyankopɔn.
27 Wobɛsrɛ no, na ɔbɛtie wo,
Na bɔ a woahyɛ no, wobɛtua.
28 Deɛ woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ biara bɛyɛ yie,
Na hann bɛhyerɛn wɔ wo kwan so.
30 Ɔbɛgye wɔn a wɔn ho nni asɛm;
Enti sɛ wo nsa ho te a, sɛdeɛ ɛteɛ biara ɔbɛgye wo.”
23 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
3 Menyae a, anka menim baabi a mɛhunu Onyankopɔn!+
Anka mɛkɔ baabi a ɔteɛ no.+
4 Anka mede m’asɛm bɛto n’anim,
Na mɛka nsɛm pii de akyerɛ sɛ m’asɛm yɛ dɛ;
5 Anka mɛhwɛ mmuaeɛ a ɔde bɛma me,
Na matie deɛ ɔbɛka akyerɛ me.
6 Anka ɔde n’ahoɔden kɛseɛ no ne me bɛko anaa?
Daabi; anka deɛ ɛbɛyɛ biara ɔbɛtie me.+
7 Ɛhɔ na wɔbɛsiesie ɔteneneeni no asɛm wɔ Onyankopɔn anim.
Anka me Temmufoɔ no bɛbu me bem ama asɛm no atwa koraa.
8 Nanso mekɔ apueeɛ a, ɔnni hɔ;
Mesan m’akyi nso a, menhu no.
9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ benkum so a, menhu no;
Sɛ ɔmane fa nifa a, ɛhɔ nso menhu no.
10 Nanso ɔnim ɛkwan a menam so.+
Sɛ ɔsɔ me hwɛ wie a, me ho bɛfi sɛ sika kɔkɔɔ amapa.+
12 Mentwee me ho mfirii n’anom mmara ho.
Mede n’anom asɛm+ ato m’akoma so asene deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ mpo.*
13 Ɔsi ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi asi no kwan?+
14 Ɛfiri sɛ deɛ wahyɛ ato hɔ ama me nyinaa, ɔbɛyɛ,
Na nneɛma a ɛtete saa deɛ, ɔfa no kwa.
15 Ɛno nti na ne nti adwendwene abɛtɔ me so yi;
Medwene ne ho a, ɛma mesuro no pii.
16 Onyankopɔn ama m’akoma atu,
Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ama mabɔ hu.
17 Nanso esum mmaa menyɛɛ dinn,
Na esum kabii a akata m’anim no mmaa menkaa m’ano ntoom.
24 “Adɛn nti na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nhyɛɛ berɛ ntoo hɔ?+
Adɛn nti na wɔn a wɔnim no no nhuu ne da* no?
5 Ahiafoɔ hwehwɛ aduane te sɛ deɛ serɛ so afunumu+ nenam pɛ aduane no;
Wɔhwehwɛ aduane wɔ anwea pradadaa so ma wɔn mma.
9 Abɔnefoɔ hwim agyanka firi nufoɔ ano;+
Sɛ wɔma ahiafoɔ bosea a, wɔgye wɔn ntoma de si awowa,+
10 Na ɛma ahiafoɔ no de adagya nante a wɔnni ntoma,
Na wɔde kɔm soasoa hwiit* a wɔakyekyere no atifi atifi.
11 Aboɔ mu na wɔyɛ adwuma awia ketee;*
Wɔtiatia bobe so wɔ amena a wɔkyĩ nsã wom mu, nanso sukɔm de wɔn.+
Nanso Onyankopɔn mmu no adebɔne.*
Na ɔkata n’anim.
Wɔnnim adeɛ a wɔfrɛ no hann.+
17 Ɛfiri sɛ anɔpa ne sum kabii nyinaa yɛ pɛ ma wɔn;
Wɔnim nneɛma a ɛyɛ hu a ɛkɔ so wɔ sum kabii mu.
18 Nanso nsuo twe wɔn kɔ ntɛmntɛm.*
Nnome bɛka wɔn asaase a wɔte so.+
Wɔrensan nkɔ wɔn bobe mfuo mu bio.
20 Ne maame* werɛ bɛfi no; mmoaa bɛdi ne nam.
Wɔrenkae no bio.+
Na amumuyɛ bɛbubu sɛ dua.
22 Onyankopɔn de* ne tumi bɛyi ahoɔdenfoɔ afiri hɔ;
Wɔbɛsɔre, nanso sɛ wɔbɛtena nkwa mu oo, wɔrentena nkwa mu oo, wɔnnim.
23 Onyankopɔn ma* wɔnya ahotɔsoɔ na wɔnsuro hwee,+
Nanso n’ani wɔ deɛ wɔyɛ biara so.*+
24 Wɔkɔ wɔn anim wɔ abrabɔ mu, nanso ɛnkyɛ na wɔnni hɔ bio.+
25 Afei hwan na ɔbɛka sɛ meyɛ ɔtorofoɔ?
Na hwan na ɔbɛka sɛ asɛm a mereka no nyɛ nokorɛ?”
25 Ɛnna Bildad+ a ɔfiri Suha no kaa sɛ:
3 Obi bɛtumi akan n’asraafoɔdɔm anaa?
Na hwan na ne hann renhyerɛn wɔ ne so?
4 Enti ɛbɛyɛ dɛn na onipa dasani ayɛ ɔteneneeni wɔ Onyankopɔn anim?+
Na onipa a ɔbaa awo no deɛ, ɔbɛyɛ dɛn aka sɛ ne ho nni asɛm?*+
5 Bosome mpo nhyerɛn,
Na nsoromma nso, ɛho nte wɔ n’ani so.
6 Ɛnneɛ onipa dasani a ɔyɛ aboaa yi deɛ, ɔbɛbu no sɛn,
Onipa ba a ɔyɛ sonsono yi?”
26 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
2 “Aa! Woaboa deɛ ɔnni ahoɔden ampa!
Aa! Woagye deɛ ne nsam ago ampa!+
3 Afotuo paa deɛ, wode bi ama deɛ ɔnnim nyansa!+
Nyansa nso deɛ, woama nkurɔfoɔ anya bi!
5 Awufoɔ a wɔntumi nyɛ hwee no ho popo;
Wɔwɔ fam mpo sene ɛpo ne deɛ ɛwom.
7 Watrɛ wiem a ɛwɔ atifi fam* no mu wɔ baabi a hwee nnie,*+
Na ɔde asaase asɛn hɔ a biribiara nkura mu;
8 Ɔkyekyere nsuo wɔ ne mununkum mu,+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsuo no mu duro remma mununkum no mpaapae;
9 Wakata n’ahennwa no anim,
Na watrɛ ne mununkum mu akata so.+
11 Ɔsoro nnyinasoɔ mpo hinhim;
N’animka ma wɔn ho dwiri wɔn.
Enti hwan na ɔbɛtumi ate n’aprannaa kɛseɛ no ase?”+
27 Ɛnna Hiob toaa n’asɛm* no so sɛ:
2 “Sɛ́ Onyankopɔn a ɔne me anni no yie no te ase yi,+
Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ a ɔne me* adi no nwonwoonwono no te ase yi,+
3 Berɛ a me home da so wɔ me mu,
Na honhom a ɛfiri Onyankopɔn hɔ wɔ me hwenem yi,+
4 Meremfa m’ano nka amumuyɛsɛm,
Na meremfa me kɛtrɛma nka nnaadaasɛm!
5 Ɛmpare me sɛ mɛbu mo bem!
Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu akɔsi sɛ mɛwuo!+
7 Ma me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefoɔ,
Na ma wɔn a wɔsɔre tia me no nyɛ sɛ amumuyɛfoɔ.
8 Sɛ Onyankopɔn sɛe ɔbɔnefoɔ* a, anidasoɔ bɛn na ɔwɔ,+
Sɛ ɔgye ne nkwa* firi ne nsam a, anidasoɔ bɛn na ɛwɔ hɔ ma no?
10 Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nti, n’ani bɛgye anaa?
Ɔbɛfrɛ Onyankopɔn daa anaa?
12 Hwɛ! Sɛ mo nyinaa moanya anisoadehunu a,
Adɛn nti na aba biara nni mo nsɛm mu yi?
13 Wei na ɔbɔnefoɔ bɛnya afiri Onyankopɔn hɔ,+
Na wei ne agyapadeɛ a atirimuɔdenfoɔ bɛnya afiri adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no hɔ.
15 Ne ho nnipa a ɛbɛka no, owuyareɛ na ɛbɛkunkum wɔn,
Na wɔn akunafoɔ rensu wɔn.
16 Sɛ ɔboaboa dwetɛ ano sɛ mfuturo,
Na ɔboaboa ntaade pa pii ano sɛ dɔteɛ de sie mpo a,
17 Boa deɛ, ɔbɛboaboa ano,
Nanso ɔteneneeni na ɔbɛhyɛ,+
Na nnipa a wɔn ho nni asɛm bɛkyɛ ne dwetɛ no afa.
19 Sɛ ɔrekɔda a ɔyɛ sikani, nanso ɔremmoaboa hwee ano;
Ɔbɛbue n’ani no, na hwee nni hɔ.
28 “Ɛwɔ baabi a wɔtu dwetɛ,
Ɛnna sika kɔkɔɔ a wɔyiyi mu fĩ nso wɔ baabi a wɔtu no;+
2 Wɔtu dadeɛ firi fam,
4 Ɔtu amena donkodonko* wɔ baabi a obiara mmɛn hɔ koraa,
Baabi a onipa werɛ afi, a onipa biara mfa hɔ koraa;
Nnipa bi siane kɔ mu, na wɔkɔsensɛn hɔ.
6 Aboɔ a ɛwɔ hɔ mu na hoaboɔ wɔ,
Na ɛhɔ mfuturo mu na sika kɔkɔɔ wɔ.
11 Ɔsisi baabi a nsubɔnten firi ba,
Na ɔyi deɛ ahinta ba hann mu.
14 Nsuo a emu dɔ ka sɛ, ‘Ɛnni me mu!’
Na ɛpo nso ka sɛ, ‘Ɛnni me nkyɛn!’+
16 Wɔrentumi mfa Ofir sika kɔkɔɔ ntɔ,+
Na abohene tuntum a ɛho yɛ na ne hoaboɔ nso, wɔrentumi mfa ntɔ.
17 Wɔrentumi mfa sika kɔkɔɔ ne ahwehwɛ ntoto ho,
Na wɔrentumi mfa biribiara a wɔde sika kɔkɔɔ amapa* ayɛ nsesa.+
18 Ɛpo mu abohene ne ahwehwɛboɔ mpo ne no nsɛ,+
Ɛfiri sɛ nyansa kotokuo ma boɔ yɛ den sene abohene kotokuo ma.
23 Onyankopɔn na ɔnim ɛkwan a yɛbɛfa so ahunu;*
Ɔno nko ara na ɔnim baabi a ɛwɔ,+
24 Ɛfiri sɛ ɔhunu asaase ano nohoa,
Na ɔhunu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase.+
25 Berɛ a ɔmaa mframa ahoɔden,*+
Na ɔsusuu nsuo,+
26 Berɛ a ɔhyɛɛ mmara maa nsuo a ɛtɔ,+
Na ɔtwaa kwan maa mununkum a ɛde suframa ne aprannaa ba no,+
27 Ɛnna ɔde n’ani hunuu nyansa, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu;
Ɔmaa aseɛ timii, na ɔsɔ hwɛe.
28 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ:
29 Ɛnna Hiob toaa n’asɛm* no so sɛ:
2 “Menyae a anka abosome a atwam no asan aba,
Nna a na Onyankopɔn hwɛ me so no.
3 Saa berɛ no, ɔmaa ne kanea hyerɛn me tiri so,
Na mede ne hann nantee sum mu.+
4 Saa berɛ no, na megyina me nan so,
Na na Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntomadan mu.+
5 Saa berɛ no, na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ka me ho,
Na na me mma* nyinaa atwa me ho ahyia.
6 Saa berɛ no, na bɔta abu me so,
Na na ngo hwie sɛ asubɔnten firi abotan mu ma me.+
7 Saa berɛ no, na mekɔ kuro pono no ano,+
Na na metena badwam.+
8 Saa berɛ no, mmeranteɛ hu me a, na wɔgyina nkyɛn,*
Na nkɔkoraa mpo, na wɔsɔre gyina hɔ.+
9 Aberempɔn gyaee kasa;
Wɔde wɔn nsa too wɔn ano.
11 Obiara a ɔtee me ho asɛm no kaa me ho asɛm pa;
Na obiara a ɔhuu me biara dii me ho adanseɛ.
15 Mebɛyɛɛ ani maa anifirafoɔ,
Na meyɛɛ nan maa apakye.
19 Me nhini bɛtrɛtrɛ akɔ nsuo mu,
Na bosuo bɛgu me nkorabata so anadwo mu nyinaa.
20 M’animuonyam yɛ foforɔ daa,
Na agyan a ɛwɔ me nsam no, mɛto no ntoatoasoɔ.’
23 Ná wɔtwɛn me sɛdeɛ wɔtwɛn sɛ nsuo bɛtɔ no,
25 Mene ɔpanin a memaa wɔn akwankyerɛ,
Na na mete sɛ ɔhene a n’asraafoɔ ka ne ho.+
Meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ werɛ.+
30 “Afei deɛ, nkurɔfoɔ sere me,+
Nnipa a manyini sene wɔn.
Saa nkurɔfoɔ no, anka meremfa wɔn agyanom
Nka nkraman a wɔwɛn me nnwan mpo ho.
2 Tumi a ɛwɔ wɔn nsam no, deɛn na wɔde yɛ maa me?
Wɔn ahoɔden asa.
3 Ohia ne ɛkɔm nti, wɔayɛ mmerɛ;
Na asaase a ɛso awo so na wɔnya biribi we,
Baabi a asɛe na ayɛ amamfo no.
4 Wɔtete nkyene ahaban wɔ wura mu;
Ɛserɛ so nnua nhini na ɛyɛ wɔn aduane.
7 Wɔteateam wɔ nnua mu,
Na wɔboaboa wɔn ano wɔ nsansono mu.
12 Wɔsɔre wɔ me nifa so sɛ aturuturafoɔ kuo,
Na wɔma medwane,
Na wɔgye ban wɔ me kwan mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe me.
14 Wɔba me so te sɛ deɛ wɔnam ɔfasuo a ntokuro akɛseɛ deda mu mu;
Wɔba me so wɔ m’amanehunu mu.
19 Onyankopɔn ato me atwene atɛkyɛ mu;
Awiewie me sɛ mfuturo ne nsõ.
23 Menim sɛ wode me bɛkɔ owuo mu;
Wode me bɛkɔ efie a ateasefoɔ nyinaa bɛhyia wɔ hɔ no.
25 Wɔn a wɔwɔ amanehunu mu no,* mensu mmaa wɔn anaa?
Mennii* ahiafoɔ ho awerɛhoɔ anaa?+
26 Ná m’ani da so sɛ adepa bɛba, nanso bɔne na ɛbaeɛ;
Mehwɛɛ kwan sɛ hann bɛba, nanso esum na ɛbaeɛ.
27 Me yam a ɛhyehye me no annyae;
Amanehunu nna bɛtoo me.
28 Awerɛhoɔ mu na menanteeɛ;+ m’abam abu.*
Mesɔre wɔ asafo no mu, na mesu hwehwɛ boafoɔ.
31 Me sankuo wɔ hɔ ma wɔn a wɔredi awerɛhoɔ nko ara,
Na m’atɛntɛbɛn wɔ hɔ ma wɔn a wɔresu.
Enti ɛbɛyɛ dɛn na mahwɛ ababaawa* hwɛ bɔne?+
2 Ɛdeɛn na anka mɛnya afiri Onyankopɔn a ɔwɔ soro no hɔ?
Na agyapadeɛ bɛn na anka mɛnya afiri adeɛ nyinaa so Tumfoɔ a ɔwɔ sorosoro no hɔ?
5 Mohwɛ a, manante nkontompo mu da?*
Na me nan atu mmirika akɔdaadaa obi da?+
7 Sɛ me nan amane afiri ɛkwan no so,+
Na m’akoma adi m’ani akyi,+
Na me nsa ho agu fĩ a,
8 Ɛnneɛ ma mengu aba, na obi foforɔ nni,+
Na deɛ madua no, ma nkurɔfoɔ ntutu.*
9 Sɛ m’akoma adaadaa me wɔ ɔbaa foforɔ ho,+
Na makɔtɛ+ me yɔnko pono ano a,
12 Anka ɛbɛyɛ egya a ɛbɛhye biribiara asɛe no;*+
Anka ɛbɛhye me nnɔbaeɛ nyinaa nhini mpo.*
13 Sɛ mamma atɛntenenee anyɛ adwuma amma me nkoa anaa me mfenaa
Berɛ a wɔne me wɔ asɛm a,*
Na sɛ ɔbisa me a, asɛm bɛn na mɛka akyerɛ no?+
15 Deɛ ɔyɛɛ me wɔ yafunu mu no, ɛnyɛ Ɔno ara na ɔyɛɛ wɔn nso anaa?+
Ɛnyɛ Ɔno ara nso na ɔnwenee yɛn ansa na wɔrewo yɛn?*+
16 Sɛ mamfa deɛ ahiafoɔ pɛ amma wɔn,+
Na sɛ memaa akunafoɔ anidasoɔ sae,*+
17 Sɛ me nko ara na medii m’aduane,
Na mamma nnyanka bi anni;+
18 (Ɛfiri sɛ ɛfiri me mmeranteberɛm nyinaa, agyanka* faa me sɛ ne papa,
19 Sɛ mehuu obi a ataadeɛ a ɔnni nti ɔrewuo,
Anaa ohiani a ɔnni deɛ ɔde kata ne ho,+
20 Sɛ mamma no me nnwan ho nwi amma ne ho anyɛ no hye
21 Na sɛ mepomaa twɛdeɛ kyerɛɛ agyanka so,+
Berɛ a ɔhia me mmoa wɔ kuro pono ano a,*+
22 Ɛnneɛ ma me nsa nhwan mfiri m’abati,*
Na m’abasa mmu mfiri m’abatwɛ.*
23 Ɛfiri sɛ na mesuro amanehunu a ɛfiri Onyankopɔn hɔ,
Na mantumi annyina n’animuonyam anim.
24 Sɛ mede me werɛ hyɛɛ sika kɔkɔɔ mu,
Anaa meka kyerɛɛ sika kɔkɔɔ amapa sɛ, ‘Wo na mede me ho ato wo so!’+
25 Sɛ ahonyadeɛ bebree a menyaeɛ nti,+
M’agyapadeɛ dodoɔ no maa m’ani gyeeɛ,+
26 Sɛ mehunuu awia* a ɛrehyerɛn,
Anaa bosome a ɛnam n’animuonyam mu,+
27 Ɛnna m’akoma daadaa me wɔ kokoam
Maa m’ano fee me nsa ho de som wɔn a,+
28 Anka ɛno bɛyɛ mfomsoɔ a atemmufoɔ no bɛtwe m’aso wɔ ho,
Ɛfiri sɛ anka mapo nokorɛ Nyankopɔn a ɔwɔ soro no.
31 Wontee sɛ nnipa a ɛwɔ me ntomadan mu rebisa sɛ,
33 Mohwɛ a, mayɛ sɛ mɛkata me mmarato so pɛn, sɛdeɛ mmarima a aka no yɛ no?+
Na mede me mfomsoɔ asie m’ataadeɛ kotokuo mu anaa?
34 Mohwɛ a, mesuro deɛ nnipadɔm bɛyɛ?
Anaa mesuro sɛ mmusua a aka no bɛgu m’anim ase
Ama maka m’ano atom na masuro sɛ mɛpue akɔ abɔnten?
35 Menyae a anka obi retie me!+
Anka asɛm a maka no, mede me nsa bɛhyɛ aseɛ.*
Ma adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nyi me ano!+
Menyae a anka deɛ ɔrebɔ me soboɔ no atwerɛ ne soboɔ no wɔ nwoma mu!
36 Anka mede bɛto m’abati,
Na mede ahyɛ me ti sɛ ahenkyɛ.
37 Anka mɛkan anammɔn biara a mɛtuo akyerɛ no,
Na mede akokoɔduro akɔ n’anim sɛ ɔberempɔn.
38 Sɛ me ara m’asaase su guu me so,
Na ɛne ne nkofie nyinaa boom sui,
39 Sɛ medii so aba a mantua ka,+
Anaa memaa ne wuranom* abam buiɛ a,+
40 Ɛnneɛ ma nkasɛɛ-nkasɛɛ mfifi nsi hwiit ananmu mma me,
Na wura kankan mfifi nsi baali* anan.”
Ɛha na Hiob asɛm no sie.
32 Ɛno nti, mmarima mmiɛnsa yi anha wɔn ho sɛ wɔne Hiob bɛka biribiara bio, ɛfiri sɛ na Hiob gye ne ho di sɛ ɔyɛ ɔteneneeni.*+ 2 Ɛnna Busni+ Barakel a ɔfiri Ram abusua mu no ba Elihu bo fuu paa. Ne bo fuu Hiob sɛ wabu ne ho* ɔteneneeni asene Onyankopɔn.+ 3 Hiob nnamfo mmiɛnsa no nso, Elihu bo fuu wɔn paa, ɛfiri sɛ wɔannya asɛm papa biara anka, na mmom wɔkaa sɛ Onyankopɔn yɛ ɔbɔnefoɔ.+ 4 Ná wɔn nyinaa anyini kyɛn Elihu, enti na ɔretwɛn ama wɔn ano asi ansa na ɔne Hiob akasa.+ 5 Berɛ a Elihu huu sɛ mmarima mmiɛnsa no nni asɛm biara ka bio no, ne bo fuiɛ. 6 Enti Busni Barakel ba Elihu firii aseɛ kasae, na ɔkaa sɛ:
Obuo a mewɔ ma mo nti, mankasa,+
Na na mesuro sɛ mɛka deɛ menim akyerɛ mo.
10 Ɛno nti deɛ mereka ne sɛ, ‘Tie me.
Na me nso mɛka deɛ menim akyerɛ wo.’
12 Meyɛɛ komm tiee mo,
Nanso mo mu biara antumi ammɔ Hiob asɛm no angu,*
Na obiara antumi amma no mmuaeɛ wɔ n’asɛm no ho.
13 Enti monhwɛ na moanka sɛ, ‘Yɛahunu nyansa;
Ɛyɛ Onyankopɔn na watene n’adwene, na ɛnyɛ onipa.’
14 Hiob nkasa ntiaa me,
Enti nsɛm a mokeka kyerɛɛ no no, merenka bi nkyerɛ no.
16 Matwɛn ara, nanso monkasa bio;
Mogyinagyina hɔ saa, na monka hwee bio.
17 Enti me nso mɛka bi;
Me nso mɛka deɛ menim.
18 Ɛfiri sɛ nsɛm ahyɛ me ma;
Honhom a ɛwɔ me mu no rehyɛ me.
19 Mete nka wɔ me mu te sɛ bobesa a wɔakata ano dendeenden;
Mayɛ sɛ nsã kotokuo foforɔ a ɛreyɛ apae.+
20 Momma menkasa na me ho ntɔ me!
Mɛbue m’ano na makasa.
Na merennɛfɛdɛfɛ onipa biara.*
22 Ɛfiri sɛ mennim sɛdeɛ wɔdɛfɛdɛfɛ nkurɔfoɔ;
Meyɛ saa a, anka me Bɔfo bɛyi me afiri hɔ ntɛm.
33 “Afei Hiob, mepa wo kyɛw, tie me nsɛm;
Tie deɛ mɛka biara.
5 Sɛ wowɔ asɛm bi a, wobɛtumi aka akyerɛ me;
Sɛ wowɔ biribi ka a, ka kyerɛ me; yɛ krado.
6 Hwɛ! Sɛdeɛ woteɛ wɔ nokorɛ Nyankopɔn no ani so no, saa ara na me nso meteɛ;
Me nso, dɔteɛ na wɔde nwenee me.+
7 Enti ɛnsɛ sɛ wosuro me,
Na merenka asɛm a ɛbɛbubu wo.
8 Nanso woaka ama mate;
Ampa, woaka ama mate mprɛ pii sɛ,
9 ‘Me ho te, na bɔne biara nni me ho;+
Efĩ nni me ho, na mfomsoɔ biara nni me ho.+
12 Nanso woka saa a, woanka no yie. Enti mɛka ho biribi. Ɛne sɛ:
Onyankopɔn kyɛn onipa dasani koraa.+
13 Adɛn nti na wobɔ No soboɔ?+
Nsɛm a wokekaeɛ a wanka ho hwee no nti anaa?+
14 Onyankopɔn kasa baako, ɔkasa mprenu,
Nanso obiara ntie.
15 Ɔkasa wɔ daeɛ mu, anadwo anisoadehunu mu,+
Berɛ a nnipa ada hatee,
Berɛ a nnipa ada wɔ wɔn mpa so.
16 Afei ɔyi deɛ ɛkata wɔn aso no,+
Na ɔtim* akwankyerɛ a ɔde ama wɔn no so,
17 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma onipa atwe ne ho afiri bɔne ho,+
Na wabɔ ɔbarima ho ban na wanyɛ ahantan.+
19 Ɛyea a onipa di wɔ ne mpa so kasa kyerɛ no,
Na ne nnompe mu a ɛwe no daa no nso ka n’anim,
23 Sɛ ɔsomafoɔ* bi wɔ hɔ ma no,
Ɔkasamafoɔ baako a ɔda apem mu,
A ɔbɛkyerɛ onipa deɛ ɛtene a,
24 Ɛnneɛ Onyankopɔn dom no, na ɔka sɛ,
Manya agyedeɛ!+
25 Ma ne honam nyɛ frɔmfrɔm* nsene ɔbabunu honam;+
Ma no nsan nnya ne mmabunberɛ mu ahoɔden no bio.’+
26 Ɔbɛpa Onyankopɔn kyɛw,+ na Onyankopɔn bɛgye no atom,
Na ɔde ahurisie na ɛbɛhunu N’anim,
Na Ɔbɛsan abu onipa dasani ɔteneneeni bio.
29 Ampa! Onyankopɔn yɛ weinom nyinaa;
Ɔyɛ no mprenu ne mprɛnsa ma ɔbarima,
30 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyi no* afiri amena* mu,
Na ama nkwa hann ahyerɛn ne so.+
31 Hiob, yɛ aso! Tie me!
Yɛ komm, na mentoa so nkasa.
32 Sɛ wowɔ asɛm bi ka a, ka kyerɛ me.
Kasa, ɛfiri sɛ mepɛ sɛ mema wohunu sɛ wodi bem.
33 Sɛ wonni hwee ka a, ɛnneɛ tie me;
Yɛ komm na menkyerɛ wo nyansa.”
34 Ɛnna Elihu toaa so kaa sɛ:
2 “Montie me nsɛm, mo a monim nyansa;
Montie me, mo a mowɔ nimdeɛ pii.
4 Momma yɛn ankasa nhwehwɛ mu nhunu deɛ ɛtene;
Momma yɛn ara yɛnkyerɛ deɛ ɛyɛ ma yɛn.
6 Mohwɛ a, mɛdi atorɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa atemmuo a ɛfata mma me anaa?
Mentoo mmara biara, nanso me kuro nni aduro.’+
7 Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob
A ɔnom animtiabuo sɛ nsuo?
10 Enti mo a mowɔ nteaseɛ,* montie m’asɛm yi:
Ɛrentumi mma da sɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɛyɛ bɔne!+
Na ɛrentumi mma da sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no bɛyɛ adebɔne!+
11 Deɛ onipa yɛ no, ɛno na ɔhwɛ ho tua no ka,+
Na sɛdeɛ onipa akwan teɛ no, ɛho nsunsuansoɔ na ɔde ba ne so.
16 Enti sɛ wowɔ nteaseɛ a, tie wei;
Yɛ aso tie deɛ mereka yi.
17 Deɛ ɔkyiri atɛntenenee na ɛsɛ sɛ ɔdi tumi anaa?
Anaa otumfoɔ a ɔtene no, wobɛbu no fɔ?
18 Wobɛtumi aka akyerɛ ɔhene sɛ, ‘Woyɛ nipahunu’?
Anaa wobɛka akyerɛ atitire sɛ, ‘Moyɛ abɔnefoɔ’?+
20 Wɔtumi wu prɛko pɛ,+ anadwo dasuom;+
Wɔwoso biribiribiri, na wɔwu;
Atumfoɔ mpo, wɔyi wɔn firi hɔ, nanso ɛnyɛ nnipa nsa na ɛyɛ.+
23 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nhyɛɛ berɛ mmaa onipa biara
Sɛ ɔmmra n’anim mma ɔmmu no atɛn.
26 Wɔn bɔne nti, ɔbobɔ wɔn
Wɔ baabi a obiara bɛhunu,+
27 Ɛfiri sɛ wɔagyae n’akyiri die,+
Na wɔmfa n’akwan nyɛ hwee;+
28 Wɔma ohiani su frɛ no,
Na ɛma ɔte mmɔborɔwa nteamu.+
29 Sɛ Onyankopɔn yɛ komm a, hwan na ɔbɛtumi abu no fɔ?
Sɛ ɔde n’anim sie a, hwan na ɔbɛtumi ahu no?
Sɛ ɔde n’anim sie ɔman oo, sɛ ɔde sie onipa oo, ɛkɔsi hɔ ara.
30 Ɛremma onipabɔnefoɔ* nni tumi,+
Na ɛremma onipabɔnefoɔ nsum nkurɔfoɔ mfidie.
31 Wohwɛ a, obi bɛtumi aka akyerɛ Onyankopɔn sɛ,
‘Menyɛɛ bɔne biara, nanso wɔatwe m’aso’?+
32 Wohwɛ a, obi bɛtumi aka sɛ, ‘Sɛ mayɛ biribi a mennim a, kyerɛ me;
Sɛ mayɛ bɔne bi a, merenyɛ bio’?
33 Wopɛ sɛ ɔma wo akatua a wopɛ, berɛ a woapo n’atemmuo?
Wo ara na wobɛkyerɛ, na ɛnyɛ me.
Enti deɛ wonim no yie no, ka kyerɛ me.
Ne ɔbarima nyansafoɔ biara a ɔretie me no bɛka akyerɛ me sɛ,
35 ‘Ɛnyɛ nimdeɛ mu na Hiob kasa,+
Na ɛnyɛ nhunumu na ɔde kasa.’
37 Ɔde atuateɛ ka ne bɔne ho;+
Ɔbɔ ne nsam kyerɛ yɛn de di yɛn ho fɛ,
Na ɔka nsɛm pii tia nokorɛ Nyankopɔn no!”+
35 Elihu toaa so kaa sɛ:
3 Ɛfiri sɛ woka sɛ, ‘Meyɛ deɛ ɛtene mpo a, sɛ ɛmfa wo* ho?
Meyɛɛ bɔne mpo a, sɛ anka ɛyɛ?’+
6 Sɛ woyɛ bɔne a, ɛka no sɛn?+
Na sɛ woma wo mmarato dɔɔso a, ɛdeɛn na ɛbɛyɛ no?+
8 Woyɛ bɔne a, wo yɔnko nipa mmom na ɛbɛha no,
Na sɛ woyɛ adetenenee a, onipa ba na woyɛ ma no.
14 Ɛnneɛ sɛ wokeka sɛ wonhu no a, ɛno na ɔbɛtie anaa?+
W’asɛm no da n’anim, enti kɔ so ara twɛn no.+
36 Elihu toaa so sɛ:
2 “Nya aboterɛ kakra ma me, na menkyerɛkyerɛ mu,
Ɛfiri sɛ meda so wɔ nsɛm bi a ɛsɛ sɛ meka ma Onyankopɔn.
8 Nanso sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn,
Na amanehunu nhoma kye wɔn a,
9 Ɔma wɔhunu deɛ wɔayɛ,
Na ɔma wɔhunu mmarato a wɔn ahomasoɔ akɔfa aba.
13 Wɔn a bɔne adidi wɔn akomam no,* wɔn na wɔde abufuo hyɛ wɔn mu.
Sɛ ɔkyekyere wɔn mpo a, wɔnsu nhwehwɛ mmoa.
16 Ɔtwe wo firi amanehunu ho,+
Na ɔde wo ba baabi a ɛhɔ trɛ a ɛhɔ nkyere,+
Na ɔde nnuane pa gu wo pono so de kyekye wo werɛ.+
17 Na atemmuo a ɛbɛba abɔnefoɔ so no bɛma w’akoma atɔ wo yam,+
Berɛ a wɔabu atɛn na atɛntenenee ayɛ adwuma no.
20 Nka sɛ wonyae a anka anadwo aba,
Anadwo a nnipa yera firi baabi a wɔwɔ no.
22 Hwɛ! Onyankopɔn nam ne tumi so nya animuonyam;
Ɔkyerɛkyerɛfoɔ bɛn na ɔte sɛ no?
25 Nnipa nyinaa ahunu;
Onipa dasani gyina akyirikyiri hwɛ.
27 Ɔtwe nsuo a ɛsosɔ kɔ soro;+
Ɔma ɛdane ɛbɔ,* na ɛdane bɛyɛ nsuo a ɛtɔ;
28 Afei mununkum hwie nsuo no gu fam;+
Na ɛtɔ gu nnipa so.
29 Wohwɛ a, obi bɛtumi ate sɛdeɛ mununkum ahyehyɛ no ase?
Aprannaa a ɛbobom wɔ Ne ntomadan* mu no, obi bɛtumi ate aseɛ anaa?+
37 “Seesei m’akoma rebɔ kim-kim-kim,
Na ɛrehurihuri firi baabi a ɛwɔ.
4 Afei mmobomu kɛseɛ di akyire ba;
Ɔde nne kɛseɛ ma aprannaa bobom.+
Berɛ a ne nne rebobom nyinaa, na ɛno* nso nenam mu.
6 Ɛfiri sɛ ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asaase so,’+
Na ɔka kyerɛ nsuo a ɛretɔ sɛ, ‘Tɔ gidigidi.’+
8 Wuram mmoa kɔ wɔn bɔn mu,
Na wɔmpue mfiri wɔn bɔn no mu.
11 Aane, ɔma nsuo yɛ mununkum ma;
Ɔbɔ n’anyinam hwete+ mununkum mu.
12 Ɛtwa ne ho frɛdɛfrɛdɛ kɔ baabiara a ɔkyerɛ sɛ ɛnkɔ;
Deɛ ɔbɛka sɛ ɛnkɔyɛ wɔ asaase so biara no, ɛkɔyɛ.+
13 Sɛ ɔde twe nkurɔfoɔ aso* oo,+ ɔde yɛ asaase yie oo,
Sɛ ɔde kyerɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ oo, ɔma ɛdi ho dwuma.+
15 Wonim sɛdeɛ Onyankopɔn ma mununkum yɛ adwuma?
Na wonim sɛdeɛ ɔma anyinam paapae wɔ ne mununkum mu no?
16 Wonim deɛ ɛma mununkum tumi sensɛn hɔ?+
Wei yɛ Deɛ ne nimdeɛ wie pɛyɛ no anwanwadwuma.+
19 Kyerɛ yɛn deɛ yɛnka nkyerɛ no;
Yɛwɔ sum mu, enti yɛnhunu deɛ yɛnka.
20 Mɛtumi aka akyerɛ no sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa anaa?
Anaasɛ onipa bi aka biribi a ɛsɛ sɛ wɔbɔ No amanneɛ?+
24 Ɛno nti, ɛsɛ sɛ nnipa suro no.+
Ɛfiri sɛ obiara a ɛyɛ no sɛ ɔyɛ onyansafoɔ* no, ɔrenyɛ no adom.”+
38 Ɛnna Yehowa bisaa Hiob wɔ ahum no mu sɛ:+
3 Yɛ krado sɛ ɔbarima;
Merebebisa wo nsɛm bi, na woayi me ano.
4 Berɛ a metoo asaase fapem no, na wowɔ he?+
Sɛ wonim a, ka kyerɛ me.
5 Hwan na ɔsusu too hɔ; wonim anaa?
Na hwan na ɔde susuhoma susuiiɛ?
6 Ɛdeɛn so na wɔde ne nnyinasoɔ sisiiɛ,
Na hwan na ɔde ne ntwea so boɔ tim hɔ,+
8 Hwan na ɔkaa ɛpo hyɛɛ dan mu too no pono mu,+
Berɛ a ɛpue firii yafunu mu,
9 Berɛ a mede mununkum kataa ho,
Na mede esum kabii kyekyeree ho,
10 Berɛ a metoo ɛhyeɛ maa no,
Na mesisii apono ne adeɛ a wɔde brambram akyire maa no,+
11 Berɛ a mekaa sɛ, ‘Bɛso ha yi ara, na ntra;
Ɛha ara na w’asorɔkye akɛseɛakɛseɛ no mmɛso’ no?+
12 Woahyɛ mmara ama anɔpa pɛn?*
Anaa wo na wokyerɛ adekyeeɛ baabi a ɛmpue mfire?+
13 Wo na wokyerɛ no sɛ ɛnsosɔ asaase anoano,
Na ɛmporoporo abɔnefoɔ mfiri so ngu?+
14 Ɛma asaase sesa te sɛ dɔteɛ a wɔde biribi a ahyɛnsodeɛ wɔ ho refa so,
Na ɛso biribiara da adi fɛfɛɛfɛ te sɛ ataadeɛ a wɔadi adwinni agu mu.
15 Ɛyi abɔnefoɔ kanea firi wɔn so,
Na wɔn basa a wɔama so no bubu.
18 Woahunu sɛdeɛ asaase yɛ tɛtrɛtɛ fa?+
Sɛ wonim weinom nyinaa a, ka kyerɛ me.
21 Wogye di sɛ saa berɛ no na wɔawo wo nti wonim anaa?
Anaa wogye di sɛ woadi mfeɛ* bebree nti wonim?
22 Woakɔ adan a wɔkora sukyerɛmma wom mu da,+
Anaa woahunu adan a wɔkora asukɔtweaa wom da,+
23 Adeɛ a mede asie ama amanehunu berɛ
Ne ɛko ne ɔsa da no?+
25 Hwan na wayi kwan ama nsuyire,
Na wapae kwan ama mununkum a ɛde suframa ne aprannaa ba,+
26 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsuo bɛtɔ wɔ baabi a onipa biara nteɛ,
Na atɔ agu ɛserɛ so baabi a nnipa nnie,+
27 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asaase a asɛe pasaa bɛyɛ yie,
Na ama ɛserɛ afifi?+
29 Hwan yam na nsuo a akyenkyene firi baeɛ,
Na hwan na ɔwoo ɔsoro asukɔtweaa,+
30 Berɛ a nsuo ani akyenkyene sɛ boɔ,
Na subunu ani akyene dendeenden no?+
32 Sɛ nsorommakuo* berɛ so a, wobɛtumi adi n’anim de no apue?
Na Ayis nsorommakuo* ne ne mma nso, wobɛtumi akyerɛ wɔn kwan?
35 Wobɛtumi asoma anyinam ama no akɔ?
Na ɛbɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn nie!’ anaa?
37 Hwan na ɔnim nyansa a enti ɔbɛtumi akan mununkum?
Na hwan na ɔbɛtumi ahwie ɔsoro nhina mu nsuo agu,+
38 Berɛ a mfuturo dane atɛkyɛ na ɛhwie gu,
Na dɔteɛ a abɔ ntoantoa keka bom no?
39 Wobɛtumi akum aboa ama gyata?
Anaa wobɛtumi ama agyata* aduane ama wɔamee,+
40 Berɛ a wɔbutubutu wɔn bɔn mu,
Anaa wɔtetɛ wɔn bɔn mu kye mmoa no?
41 Hwan na ɔyɛ aduane ma kwaakwaadabi,+
Berɛ a ne mma su frɛ Onyankopɔn,
Na aduane a wɔnnya nnie nti, wɔnenam basabasa no?
39 “Wonim berɛ a bepɔ so mpɔnkye de wo?+
Na woahunu sɛ wansane rewo pɛn?+
2 Wobɛtumi akan abosome dodoɔ a wɔn mma di wɔ wɔn yam?
Wonim berɛ a wɔde wo?
3 Wɔkoto wo wɔn mma,
Na wɔn awoɔ mu yea no to twa.
4 Wɔn mma nya ahoɔden, na wɔnyinyini wɔ wuram;
Wɔpue kɔ, na wɔnsan mma wɔn nkyɛn bio.
6 Mede ɛserɛ so ayɛ ne fie,
Na mede nkyene kuro ayɛ ne tenabea.
7 Ɔmfa gyegyeegye a ɛwɔ kuro mu nyɛ hwee;
Ɔnte deɛ ɔka no kɔ adwuma no nteateamu.
8 Ɔkyinkyini mmepɔ so hwehwɛ adidibea;
Ɔhwehwɛ wura biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.
9 Wohwɛ a, ɛkoɔ* bɛpene so asom wo?+
Anaa ɔbɛda buo a woabobɔ* mu anadwo?
10 Wobɛtumi de ahoma akyekyere ɛkoɔ ama watwa nkofie nteaanteaa ama wo?
Anaa ɔbɛdi w’akyi afuntum wɔ bɔn mu?
11 Wode wo ho bɛto n’ahoɔden dodoɔ so,
Na wode w’adwuma kɛseɛ ahyɛ ne nsa?
13 Sohori de anigyeɛ bɔ ne ntaban mu,
Nanso wohwɛ a, ne ntaban ne ne ntakra ne asukɔnkɔn deɛ na ɛsɛ?+
14 Ɛfiri sɛ ɔto ne nkosua gu fam,
Na mfuturo mu na ɔma ɛnya ɔhyew.
15 Ne werɛ fi sɛ obi nan bɛtumi abobɔ no,
Anaa wuram aboa bi bɛtumi atiatia so.
18 Nanso sɛ ɔsɔre, na ɔbɔ ne ntaban mu a,
Ɔsere pɔnkɔ ne deɛ ɔte ne so.
Anaa wo na wode nwi hyehyɛ ne kɔn mu?
20 Wobɛtumi ama no ahurihuri sɛ ntutummɛ?
Sɛ ɔporo ne hwene mu a, ɛyɛ hu paa.+
22 Ɔhunu adeɛ a ɛyɛ hu a, ɔsere, na ɔnsuro hwee.+
Na ɔnnwane mfiri sekan ano.
23 Agyan woso wɔ ne so,
Pea ne pɛmɛ twa yerɛwyerɛw.
25 Sɛ ɔte abɛn a, ɔka sɛ, ‘Ahãã!’
Ɛko wɔ akyirikyiri mpo a, ɔte ne hwa,
Na ɔte asahene nteateamu ne ɛko nteamu.+
26 Wo nyansa nti na akorɔma tu fãã,
Na ɔtrɛ ne ntaban mu kyerɛ anaafoɔ anaa?
27 Anaa wo na woma ɔkɔdeɛ tu kɔ soro,+
Na ɔkɔyɛ ne pirebuo wɔ sorosoro?+
28 Bepɔ so na ɔda anadwo,
Ɔte bepɔ atifi tɔnn wɔ botan so.*
40 Yehowa toaa so bisaa Hiob sɛ:
2 “Obi a ɔhwehwɛ mfomsoɔ bɛtumi ne adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no aham anaa?+
Ma deɛ ɔpɛ sɛ ɔtene Onyankopɔn no mmua.”+
3 Ɛnna Hiob buaa Yehowa sɛ:
Ɛdeɛn na mede bɛyi wo ano?
Mede me nsa ato m’ano.+
5 Makasa pɛnkoro, na merenkasa bio;
Makasa mprenu, na merenka hwee bio.”
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Hiob wɔ ahum no mu sɛ:+
8 Wobɛtumi anya asɛm aka wɔ m’atɛntenenee ho anaa?*
Wobɛbu me fɔ na ama woadi bem?+
10 Fa animuonyam ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho;
Fa anidie ne ahoɔfɛ fira.
11 Yi abufuo kɛseɛ a ɛwɔ wo mu no nyinaa bra;
Hwɛ obiara a ɔyɛ ahantan na brɛ no ase.
12 Hwɛ obiara a ɔyɛ ahantan, na gu n’anim ase,
Na tiatia abɔnefoɔ so wɔ baabi a wɔgyina.
13 Fa wɔn nyinaa sie mfuturo mu;
Kyekyere wɔn* wɔ ahintaeɛ mu,
14 Na anka me koraa mɛka akyerɛ wo*
Sɛ wo nsa nifa bɛtumi agye wo.
15 Hwɛ Behemot.* Me na meyɛɛ no, ɛne wo nyinaa.
Ɔwe wura sɛ nantwie.
16 Hwɛ ahoɔden a ɛwɔ n’asene mu,
Na hwɛ n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu!
17 Ɔma ne dua mu yɛ den sɛ sida dua;
Ne srɛ mu ntini abebare ho.
18 Ne nnompe te sɛ kɔbere dorobɛn;
Ne nan te sɛ dadeɛ.
19 Onyankopɔn nnwuma nyinaa mu no, biribiara ne no nsɛ;*
Ne Bɔfo no nko ara na ɔbɛtumi de ne sekan akɔ ne so.
20 Mmepɔ so na ɔnya n’aduane;
Ɛhɔ na wuram mmoa nyinaa di agorɔ.
22 Nkasɛɛ nnua ma no nya nwunu,
Na ɛbɔn ano nnua twa ne ho hyia.
23 Asubɔnten rebu fa so dendeenden mpo a, ne ho mpopo.
Sɛ Yordan+ yiri sram so mpo a, ɔnsuro.
3 Wohwɛ a, anka ɔbɛpa wo kyɛw?
Anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ?
4 Ɔne wo bɛyɛ apam
Sɛ fa no yɛ akoa afebɔɔ?
5 Wo ne no bɛdi agorɔ sɛ anomaa?
Anaa wode ahoma bɛsɔ ne mu de no ama wo mma mmaa?
6 Wohwɛ a, adwadifoɔ de wɔn nneɛma bɛdi nsesa agye no?
Anaa adwadifoɔ bɛkyɛ no afa?*
8 Fa wo nsa ka no hwɛ;
Wobɛkae ntɔkwa no, na worenyɛ bio da!
9 Woyɛ w’adwene sɛ wobɛtumi akye no a, woredaadaa wo ho.
W’ani bɔ ne so kɛkɛ mpo a, wobɛbɔ hu.*
10 Obiara nni hɔ a ɔbɛpɛ ne ho asɛm akɔgyegye no.
Enti hwan paa na ɔbɛtumi agyina m’anim?+
11 Hwan na wadi kan ama me biribi a enti ɛsɛ sɛ metua no ka?+
Deɛ ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa yɛ me dea.+
12 Merennyae ne nan no ho asɛm ka,
Ne ne kɛseyɛ ne sɛdeɛ wɔyɛɛ no maa ɛyɛɛ nwanwa no.
13 Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho wedeɛ?
Ɔbue n’anom a, hwan na ɔbɛtumi awura mu?
14 Hwan na ɔbɛtumi abue n’anom* apono?
Ne se a ɛgu n’anom no yɛ hu.
16 Ɛfemfam so papee,
Na mframa mpo ntumi mfa mu.
17 Ɛtetare so dendeenden;
Ɛfemfam so dendeenden, na worentumi ntete mu.
18 Ɔporo ne hwene mu a, ɛpa gya,
Na n’ani te sɛ adekyeeɛ hann.
19 N’anom pa yerɛwyerɛw;
Ɛtete gya.
20 Wisie firi ne hwene mu ba;
Ɛte sɛ fononoo a wɔde ɛserɛ asɔ gya wɔ mu.
21 Ne home ma gyabidie sɔ kɔɔ,
Na egya pue firi n’anom ba.
22 Ahoɔden wɔ ne kɔn mu paa,
Na wohu no a, wobɛbɔ birim.
23 Ne nam tetare so dendeenden.
Ɛyɛ den te sɛ dadeɛ a wɔanane ama ada; wowae a, ɛnyɛ yie.
25 Sɛ ɔma ne mu so a, akatakyie mpo bɔ hu;
Sɛ ɔpete ne ho a, nkurɔfoɔ adwene tu fra.
27 Dadeɛ yɛ ɛserɛ ma no,
Na kɔbere yɛ dua a awuo ma no.
28 Agyan ntumi mpamo no;
Akoraboɔ yɛ ɛserɛ ma no.
29 Aporibaa yɛ ɛserɛ ma no,
Na sɛ ɔhunu pea a ɛdi ahim a, ɔsere.
31 Ɔma subunu huru sɛ kukuo a ɛsi gya so;
Ɔtɔ po mu a, ɛpu ahuro sɛ ngo a ɛrehuru wɔ kukuo mu.
32 Ɔfa baabi a, na ɛkwan no so ahyerɛn.
Anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ subunu afu dwene.
33 Biribiara ne no nsɛ wɔ asaase so;
Sɛdeɛ wɔyɛɛ no no, ɔnsuro hwee.
34 Aboa biara a ɔyɛ ahantan no, ɔpɔkyere n’ani hwɛ no.
Ɔno ne wuram mmoa a wɔn ho yɛ den nyinaa hene.”
42 Ɛnna Hiob ka kyerɛɛ Yehowa sɛ:
2 “Seesei mahunu sɛ wotumi adeɛ nyinaa yɛ,
Na biribiara a woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ no, wobɛtumi ayɛ.+
3 Wokaa sɛ, ‘Hwan na ɔnni nimdeɛ a ɔmpɛ sɛ nkurɔfoɔ hunu m’afotuo yi?’+
Ampa mekasae, nanso na mente aseɛ,
Mekaa nneɛma a ɛyɛ me nwanwa dodo ho asɛm, nneɛma a mennim.+
4 Wokaa sɛ, ‘Tie, na merebɛkasa.
Merebɛbisa wo nsɛm bi, na woayi me ano.’+
5 Mate wo ho asɛm,
Na seesei deɛ, mede m’ani ahu wo.
7 Berɛ a Yehowa kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ Elifas a ɔfiri Teman no sɛ:
“Me bo afu wo ne wo nnamfo mmienu no paa,+ ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ+ te sɛ m’akoa Hiob. 8 Enti momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob hɔ, na mommɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma mo ho;+ na m’akoa Hiob bɛbɔ mpaeɛ ama mo. Sɛdeɛ ɛteɛ biara mɛtie n’adesrɛ no,* na manhwɛ mo nkwaseasɛm no ho ne mo anni, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ te sɛ m’akoa Hiob.”
9 Enti Elifas a ɔfiri Teman ne Bildad a ɔfiri Suha ne Sofar a ɔfiri Naama no kɔyɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no. Na Yehowa tiee Hiob mpaebɔ no.
10 Berɛ a Hiob bɔɔ mpaeɛ maa ne nnamfo no wieeɛ no,+ Yehowa yii Hiob amanehunu no firii ne so,+ na ɔmaa ɛsii no yie bio.* Deɛ na Hiob wɔ kane no, Yehowa bɔɔ ho mmienu maa no.+ 11 Na ne nua mmarima ne ne nua mmaa nyinaa, ne ne nnamfo dada nyinaa+ baa ne nkyɛn, na wɔne no bɛdidii wɔ ne fie. Wɔmaa no hyɛden, na wɔkyekyee ne werɛ wɔ amanehunu a Yehowa maa kwan maa ɛbaa ne so no nyinaa ho. Na obiara maa no sika ne sika kɔkɔɔ kawa.
12 Na Yehowa hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ,+ na Hiob nyaa nnwan 14,000 ne yoma 6,000 ne anantwie 2,000* ne mfunumu abedeɛ 1,000.+ 13 Afei nso, ɔsan nyaa mma mmarima nson ne mma mmaa mmiɛnsa.+ 14 Ɔfrɛɛ ne babaa a ɔdi kan no Yemaima, deɛ ɔtɔ so mmienu no Kesia, na ɔfrɛɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no Keren-Hapuk. 15 Asaase no nyinaa so no, mmaa biara nni hɔ a na wɔn ho yɛ fɛ te sɛ Hiob mma mmaa no. Na wɔn papa maa wɔne wɔn nua mmarima no agyapadeɛ.
16 Ɛno akyi no, Hiob tenaa ase mfeɛ 140, na ɔhunuu ne mma ne ne mmanana kɔsii awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan so. 17 Hiob nyini kyɛe, na ɔnyaa asetena pa.* Afei ɔwui.
Ɛbɛtumi akyerɛ, “Deɛ Wɔtan No.”
Anaa “onipa a ne ho nni asɛm.”
Nt., “anantwie mpamho 500.”
Nt., “mfunumu abedeɛ.”
Anaa “ɔrebɛdwira.”
Ɛyɛ Hebri kasakoa a ɛkyerɛ Onyankopɔn abɔfoɔ.
Nt., “Wode w’akoma asi m’akoa Hiob so.”
Anaa “onipa a ne ho nni asɛm.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Anyinam.”
Anaa “Kwaterekwa.”
Anaa “wanka sɛ Onyankopɔn ayɛ biribi a ɛnyɛ.”
Ɛyɛ Hebri kasakoa a ɛkyerɛ Onyankopɔn abɔfoɔ.
Nt., “Wode w’akoma asi m’akoa Hiob so.”
Anaa “onipa a asɛm nni ne ho.”
Nt., “memmene.”
Anaa “kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “ɔmaa akuro bɔne bi tutuu.”
Anaa “kyɛmferɛ.”
Anaa “Woda so ara kura w’abrabɔ a ɛdi mu yi mu?”
Anaa “Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne biara.”
Anaa “amannifoɔ.”
Nt., “ɔdomee ne da.”
Anaa “esum ne owuo sunsum.”
Nkurɔfoɔ fa no sɛ ɛyɛ dɛnkyɛm anaa nsuo mu aboa kɛseɛ bi a ne ho yɛ den.
Anaa “Na amfa amanehunu ansie m’ani.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “A wɔkyekyeree nkuro tenaa mu a seesei asɛe pasaa no.”
Anaa “wɔn a wɔn kra redi awerɛhoɔ.”
Anaa “hwan na ɔbɛtumi aka ne kasaboa ahyɛ ne yam?”
Anaa “wɔdwene adwemmɔne.”
Anaa “agyatanini a wɔn ho yɛ den.”
Anaa “n’asomafoɔ.”
Anaa “Nnɔbaeɛ a kwasea no twa no.”
Anaa “Fidie bɛyi wɔn agyapadeɛ.”
Anaa “wuram aboɔ ne wo bɛyɛ apam.”
Nt., “wɔ asomdwoeɛ.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.
Anaa “Ɛno nti na merekasa basabasa yi.”
Anaa “Me kra mpɛ sɛ ɛde ne nsa ka.”
Anaa “mema me nkwa (me kra) nna yɛ tenten.”
Anaa “Saba akwantufoɔ kuo.”
Anaa “mode no bɛdi nsesa!”
Anaa “mommmu me atɛnkyea.”
Anaa “ɛyɛ mo sɛ biribi nyɛ a, m’anom ntumi nhunu?”
Anaa “Me ho nyinaa adɔre ntwom.”
Anaa “Me nna kɔ ntɛmntɛm sene ɔnwemfoɔ akorokorowa.”
Nt., “m’ani renhunu adepa da.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Me kra awerɛhoɔ mu.”
Anaa “me kra nyae.”
Nt., “me nnompe.”
Nt., “wode w’akoma.”
Nt., “Ɔde wɔn kɔɔ wɔn atuateɛ nsam.”
Anaa “Anka wakanyan ne ho ama wo.”
Nt., “Na wɔayiyi nsɛm afiri wɔn akomam?”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Anaa “ɔwora.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Anaa “kusa; twintwam.”
Nt., “Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no nyinaa akwan teɛ.”
Anaa “awaefoɔ.”
Nt., “ananse dan.”
Anaa “Ɔhwɛ ɛdan a wɔde aboɔ asi.”
Anaa “saa na ne kwan bɛyera.”
Anaa “wɔn a wɔn ho nni asɛm.”
Nt., “ɔrensɔ wɔn nsa da.”
Anaa “ɔde No bɛkɔ asɛnnibea.”
Anaa “Ɔyi mmepɔ firi hɔ.”
Anaa “Nsorommason.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Sisire Kɛseɛ (Ursa Kɛseɛ) nsorommakuo no.
Anaa “Nwenwenente.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Orion nsorommakuo no.
Anaa “Akokɔbaatan-ne-ne-mma.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Pleiades nsoromma a ɛwɔ Taurus nsorommakuo mu no.
Nt., “anaafoɔ fam mpia mu.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ ɛpo mu aboa kɛseɛ bi.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “deɛ me ne no anya asɛm.”
Anaa “Sɛ me ho nni asɛm; Sɛ medi bem.”
Nt., “ɔbɛbu me kɔntɔnkyeni.”
Anaa “Sɛ me ho nni asɛm; Sɛ medi bem.”
Anaa “mennim me kra.”
Anaa “Mempɛ me nkwa.”
Anaa “deɛ n’abrabɔ di mu.”
Nt., “anim.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Nt., “wɔbɛbu me ɔbɔnefoɔ.”
Anaa “dɔw; gyakisi.”
Anaa “ɔbɛyɛ yɛn ntamgyinafoɔ.”
Nt., “Na ɔde ne nsa agu yɛn mmienu so.”
Nt., “Sɛ ɔyi n’abaa firi me so.”
Anaa “Me nkwa afono me kra.”
Anaa “Me kra awerɛhoɔ mu.”
Anaa “Wohwiee me te sɛ nufosuo guu me maame yam.”
Anaa “home; honhom.”
Nt., “Na wode saa nneɛma yi ahinta w’akomam.”
Anaa “m’ani nnye kakra.”
Anaa “Mɛkɔ esum ne owuo sunsum asaase so.”
Anaa “obi a ɔdwa n’anom na ɔdi bem?”
Anaa “wobɛtumi ahunu adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no kɛseyɛ mu?”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Ɛda a wɔbɛwo wuram afunumu sɛ onipa no.”
Anaa “Sɛ wo nsa reyɛ bɔne a, yi firi wo ho kɔ akyirikyiri.”
Anaa “ɔkra a ɛrewuo.”
Nt., “mo na moyɛ nnipa.”
Nt., “akoma.”
Anaa “wɔn a wɔwatiri.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “kasa kyerɛ.”
Anaa “ɔteasefoɔ biara kra.”
Nt., “nnipa honam nyinaa.”
Anaa “home.”
Nt., “dodom.”
Anaa “kusa.”
Anaa “Ɔma deɛ afotufoɔ wɔ firi wɔn nsa.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “mpanimfoɔ.”
Nt., “ɔhodwo atumfoɔ abɔsoɔ mu.”
Nt., “akoma.”
Anaa “Mopɛ sɛ moka bi ma no.”
Anaa “Mo akasabebuo.”
Nt., “Mo akyɛm.”
Nt., “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede me honam hyɛ me se mu?”
Anaa “kra.”
Anaa “Mɛpere m’akwan.”
Anaa “ɔwaefoɔ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Sɛ obi bɛtumi ne me adi asie a, anka mɛmua m’ano na mawu!”
Wei yɛ hwiit anaa baali dua a aka wɔ afuo mu berɛ a wɔatwa aduane no awie.
Nt., “porɔeɛ.” Ɛbɛyɛ sɛ Hiob ho asɛm na ɔreka.
Anaa “ateetee nko ara.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔtwa twene.”
Nt., “me.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kasakoa a wɔde ka owuo ho asɛm.
Anaa “Wobɛfe.”
Anaa “Berɛ a ɔda so wɔ ne honam mu.”
Anaa “ne kra da so.”
Anaa “nimdeɛ hunu.”
Anaa “wo mfomsoɔ na ɛkyerɛ w’ano kwan.”
Nt., “Woadane wo honhom atia Onyankopɔn.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ abɔfoɔ.
Nt., “paanoo.”
Nt., “n’akyɛm a akyire yɛ apɔapɔ.”
Kyerɛ sɛ, anidasoɔ a ɛwɔ hɔ sɛ ɛbɛsi ne dada mu.
Nt., “N’anom.”
Anaa “awaefoɔ.”
Anaa “braeb.”
Kyerɛ sɛ, Elifas.
Anaa “Sɛ mo kra wɔ baabi a me kra wɔ a.”
Anaa “Wasɛe wɔn a wɔne me hyia nyinaa.”
Nt. “Ɔtwerɛ ne se gu me so.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “m’ahoɔden.” Nt., “m’abɛn.”
Anaa “owuo sunsum wɔ m’ani akyi.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “m’ani siri pɛ twɛn no.”
Anaa “me.”
Nt., “akasabebuo.”
Anaa “awaefoɔ.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “adamena.”
Kyerɛ sɛ, m’anidasoɔ bɛsiane akɔ.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ na ɔreka akyerɛ Hiob ne nkurɔfoɔ a wɔte sɛ Hiob anaa wɔne Hiob yɛ adwene.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “yɛn ho nte?”
Anaa “wo kra.”
Anaa “bɛma no atɔ agu so.”
Nt., “owuo abakan.”
Anaa “owuo yayaaya.”
Nt., “Biribi a ɛnyɛ ne dea.”
Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.
Anaa “bɛdwan; bɛwo.”
Nt., “ɔrennya din.”
Anaa “baabi a ɔbɛtena berɛ tiaa bi no.”
Anaa “da.”
Anaa “Mobɛteetee me.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “moadidi me atɛm.”
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Anaa “M’abusuafoɔ.”
Nt., “me yafunu mu mma,” kyerɛ sɛ, yafunu a ɛwoo me (me maame yafunu).
Nt., “Me se ho wedeɛ na mede firii mu firiiɛ.”
Nt., “Na me honam mmee mo?”
Ɛyɛ dadeɛ bi a emu yɛ duru.
Anaa “akurukyire.”
Nt., “wɔ dɔteɛ so.”
Anaa “M’asaabo agyae adwumayɛ wɔ me mu.”
Nt., “honhom a ɛfiri me nteaseɛ mu nti.”
Anaa “adasamma; Adam.”
Anaa “ɔwaefoɔ.”
Anaa “Wɔbɛpamo no akɔ.”
Kyerɛ sɛ, n’ahoɔden ne no.
Anaa “bɔnwoma.”
Ɔwɔ bi a n’ano wɔ borɔ paa.
Nt., “kɛtrɛma.”
Nt., “na ɔremmene.”
Anaa “Berɛ a ɔrehyɛ ne yafunu mã no.”
Nt., “n’abufuo.”
Nt., “me honhom.”
Anaa “wɔnya tumi?”
Anaa “Na prɛko pɛ, wɔsiane kɔ,” kyerɛ sɛ, wɔn wuo ba prɛko pɛ a wɔnte yea biara.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “afotuo; pɔ.”
Anaa “wɔkyɛ abosome dodoɔ a ɔde bɛtena nkwa mu no mu mmienu.”
Anaa “ne fie.”
Anaa “ɔbɛtumi akyerɛ Onyankopɔn biribi.”
Nt., “ne nnompe mu hon ayɛ sɔkyee.”
Anaa “ɔkra awerɛhoɔ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mobɛdi me awu.”
Nt., “wɔn nsɛnkyerɛnne no.”
Nt., “ɔbɛtwe nnipa nyinaa adi n’akyi.”
Anaa “ɛma adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ani gye anaa?”
Anaa “wo bɔne nni awieeɛ.”
Nt., “woyi wɔn a wɔda adagya ho ntoma.”
Nt., “nnomaa mfidie.”
Anaa “ɔsoro kɔntɔnkrɔn.”
Anaa “Wɔn na wɔtwaa wɔn nkwa so.”
Nt., “asubɔnten.”
Anaa “Onyankopɔn.”
Anaa “sika kɔkɔɔ mpɔkowa.”
Anaa “ɛbɔn a ɛda abotan mu.”
Anaa “sika kɔkɔɔ mpɔkowa.”
Anaa “deɛ n’ani deda fam.”
Anaa “deɛ mereka ara na mereka; m’asɛm ayɛ atuateɛ.”
Anaa “deɛ wɔhwehwɛ firi me hɔ mpo.”
Anaa “Deɛ ne kra pɛ.”
Kyerɛ sɛ, Onyankopɔn atemmuo da.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mfuo mu na wɔtwa mmoa aduane.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “Dwankɔbea.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔkyĩ ngo wɔ wɔn afasuo mu.”
Anaa “wɔn a wɔapirapira wɔn pira bɔne no akra.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Onyankopɔn mfa ho soboɔ mmɔ obiara.”
Nt., “tutu.”
Nt., “Ne ho yɛ hare wɔ nsuo ani.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Awotwaa.”
Anaa “Bonini.”
Nt., “Ɔde.”
Nt., “Ɔma.”
Nt., “n’ani wɔ wɔn akwan so.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “ne sorosoro hɔ.”
Anaa “ɛbɛyɛ dɛn na ne ho ate?”
Nt., “Na hwan home (honhom) na ɛfiri wo mu aba yi?”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “n’anim.”
Anaa “Na Abadon.”
Nt., “atifi fam.”
Anaa “ahunumu.”
Anaa “Wayɛ baabi a ayɛ sɛ deɛ wiem ne po reyɛ abom no.”
Nt., “Rahab.”
Anaa “ne mframa.”
Anaa “Ɔwɔ a ne ho yɛ hare.”
Nt., “n’akasabebuo.”
Anaa “me kra.”
Anaa “rentwa me adapaa.”
Anaa “me nna biara ho.”
Anaa “ɔwaefoɔ.”
Anaa “kra.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Menam Onyankopɔn nsa so bɛkyerɛkyerɛ mo.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔbɔ wɔn nsam gu ne so, na wɔfiri baabi a wɔwɔ no bɔ hwerɛma gu ne so.”
Nt., “wɔhwie.”
Nt., “ɛboɔ.”
Anaa “nkoron; amena a wɔtu fagudeɛ wom.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa wɔn a wɔtu fam agudeɛ no dwumadie ho.
Anaa “asansa.”
Anaa “Gyatanini a ne ho yɛ den.”
Nt., “aboɔ a ano yɛ nnam.”
Anaa “sika kɔkɔɔ a wɔayiyi mu fĩ.”
Nt., “Ɔsɛeɛ.”
Anaa “ahunu nyansa.”
Nt., “mu yɛɛ duru.”
Nt., “n’akasabebuo.”
Anaa “m’asomfoɔ.”
Nt., “wɔde wɔn ho sie.”
Anaa “Wɔn kɛtrɛma taree wɔn anom.”
Anaa “ataadeɛ nsasini.”
Anaa “ne se ntam.”
Nt., “wɔ me pirebuo mu.”
Nt., “M’asɛm sosɔ guu wɔn asom.”
Ná ɛfiri aseɛ firi April mfimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔamma m’anim hann anyɛ sum.”
Anaa “Wɔtete subɔn nsianeeɛ so.”
Nt., “wɔde mpire apamo.”
Nt., “Wɔde me bu bɛ; Wɔbɔ me din ka asɛm.”
Nt., “ago m’agyan ahoma mu.”
Anaa “Wɔnhyɛ wɔn ho so wɔ m’anim; Nkurɔfoɔ yi wɔn ano nnareka wɔ m’anim.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔnhia obiara mmoa na wɔayɛ saa.”
Anaa “kra.”
Nt., “Wɔtu me nnompe mu tokuro.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “M’amanehunu kɛseɛ nti, me nipadua asesa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wode ahum nane me.”
Nt., “deɛ asɛe sum hɔ.”
Anaa “Wɔn a ayɛ den ama wɔn no.”
Anaa “Me kra nnii.”
Nt. “awia hann nni hɔ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Atiridii.”
Anaa “ɔbaabunu.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “me ne mmarima nkontompofoɔ anante da?”
Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.
Anaa “ma wɔntutu m’asefoɔ ngu.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “mmarima foforɔ mmu nkotodwe wɔ ne so.”
Nt., “ɛbɛdi (ɛbɛmene) biribiara asɛe no.”
Anaa “Anka ɛbɛtutu aseɛ.”
Anaa “Berɛ a wɔne me anya asɛm wɔ asɛnnibea a.”
Nt., “Onyankopɔn sɔre a.”
Nt., “ɔyɛɛ yɛn wɔ awotwaa mu?”
Nt., “memaa akunafoɔ ani kataeɛ.”
Nt., “agyanka a ɔyɛ ɔbarima.”
Nt., “ɛfiri me maame yam.”
Nt., “ɔbaa kunafoɔ.”
Nt., “n’asene anhyira.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Berɛ a mehuu sɛ mewɔ akyigyinafoɔ wɔ kuro pono ano no a.”
Anaa “nhwan mfiri ne dompe so.”
Anaa “ne dompe so.”
Nt., “hann.”
Anaa “ne kra.”
Nt., “nam.”
Anaa “M’ahyɛnsodeɛ nie.”
Anaa “ne wuranom akra.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “Ɛfiri sɛ na Hiob tene wɔ ɔno ara n’ani so.”
Anaa “ne kra.”
Nt., “Nna a madie nnɔɔso.”
Nt., “Ma nna.”
Anaa “Onyankopɔn honhom.”
Nt., “nna.”
Anaa “antumi anka Hiob anim.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛha yi deɛ, Elihu ne Hiob na ɛrekasa.
Anaa “meremmɔ onipa biara mmrane; meremfa m’ano mfa onipa biara ho.”
Nt., “Me kɛtrɛma ne m’anom.”
Nt., “ɔde ahyɛnsodeɛ tim.”
Anaa “nkwa.”
Anaa “adamena.”
Anaa “akodeɛ.”
Nt., “ne nkwa.”
Anaa “ne kra po.”
Anaa “ho da hɔ.”
Anaa “nkwa.”
Anaa “adamena.”
Anaa “ɔbɔfoɔ.”
Anaa “adamena.”
Anaa “nyɛ kamakama; nnya ahoɔden.”
Nt., “bɛto dwom.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Na mannya mfasoɔ biara amfiri so.”
Anaa “me nkwa.”
Anaa “adamena.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “adamena.”
Nt., “dodom.”
Nt., “akoma.”
Anaa “asaase.”
Nt., “n’akoma.”
Nt., “Ɔhonam.”
Anaa “ɔmmu otitire nsene mmɔborɔwa.”
Anaa “ɔwaefoɔ.”
Nt., “akoma.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “M’agya, ma wɔnsɔ Hiob nhwɛ.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn.
Nt., “basa.”
Anaa “atorɔ.”
Nt., “akoma.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɔde ahemfo si adwa so.”
Anaa “akodeɛ.”
Anaa “awaefoɔ.”
Anaa “Wɔn kra wu.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔne tuutuufoɔ mmarima a wɔwɔ asɔrefie no nkwa ba awieeɛ bom.”
Nt., “Ɔgye.”
Anaa “woammɔ wo nsam amfa ammu obi animtia.”
Anaa “braeb.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Hwan na waka n’anim wɔ n’akwan ho; Hwan na wabu no atɛn wɔ n’akwan ho.”
Anaa “yɛrentumi nhwehwɛ mu.”
Anaa “Onyankopɔn bɔ.”
Nt., “N’apata.”
Nt., “ne hann.”
Nt., “nhini.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔde di ma.”
Anaa “Ɔde ne nsa sɔ anyinam mu.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “adeɛ a ɛreba.”
Kyerɛ sɛ, Onyankopɔn.
Anaa “anyinam no.”
Nt., “Onyankopɔn kyekyere onipa biara nsa.”
Nt., “ɔde yɛ abaa.”
Anaa “ma asaase yɛ dinn.”
Kyerɛ sɛ, awia hann.
Anaa “mframa bɛbɔ apia mununkum akɔ.”
Nt., “ɔyɛ onyansafoɔ wɔ n’akomam.”
Ɛyɛ Hebri kasakoa a ɛkyerɛ Onyankopɔn abɔfoɔ.
Nt., “Woahyɛ mmara ama anɔpa wɔ wo nna mu pɛn?”
Anaa “owuo sunsum.”
Nt., “nna.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “anyinam.”
Anaa “Nyankonsuo.”
Anaa “Akokɔbaatan-ne-ne-mma.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Pleiades nsoromma a ɛwɔ Taurus nsorommakuo no mu no.
Anaa “Nwenwenente.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Orion nsorommakuo no.
Nt., “Masarot.” Asɛm a ɛte saa dodoɔ kabea wɔ 2Ahe 23:5, na ɛkyerɛ sodiak nsorommakuo.
Anaa “Awiakwanmu.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Sisire Kɛseɛ (Ursa Kɛseɛ) nsorommakuo no.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ne mmara.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nnipa mu.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “maa adwene.”
Anaa “agyata a wɔn ho yɛ den.”
Anaa “wuram nantwie.”
Anaa “ɔbɛda wo mmoa adididaka.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “ama ne werɛ afi nyansa.”
Nt., “Ɔpue kɔhyia akodeɛ.”
Nt., “ɔmene asaase.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔnnye nni.”
Nt., “ɔbotan ano hwirenhwiren.”
Anaa “Wobɛtumi aka sɛ mebu atɛnkyea anaa?”
Nt., “wɔn anim.”
Anaa “mɛkamfo wo.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ susono.
Nt., “ɔno na ɔdi kan.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Anaa “ɔwora mu.”
Nt., “fidie.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ “dɛnkyɛm.”
Nt., “ɛserɛ tenten.”
Nt., “kasɛɛ.”
Anaa “adwadifoɔ bɛsi no koso?”
Ɛte sɛ pea; wɔde yi mpataa akɛseɛ.
Anaa “wobɛtwa ahwe.”
Nt., “n’anim.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Abena a ahyehyɛ wɔ ne ho no ma ɔyɛ ahantan.”
Anaa “owiyammoɔ.”
Nt., “Sɛdeɛ ɛteɛ biara mɛpagya n’anim.”
Nt., “Yehowa gyee Hiob firii kye a na wɔakye no no mu.”
Nt., “anantwie mpamho 1,000.”
Nt., “Hiob bɔɔ akɔkoraa, na ɔdii nna mee.”