ASOMAFO NNWUMA
1 M’adamfo pa Teofilo, asɛm a edi kan a mekyerɛwee no, mekyerɛɛ nneɛma a Yesu fii ase yɛe na ɔkyerɛkyerɛe nyinaa+ 2 kosii da a wɔfaa no kɔɔ soro.+ Ansa na wɔrefa no akɔ soro no, ɔnam honhom kronkron so de akwankyerɛ maa asomafo a wapaw wɔn no.+ 3 Ohuu amane, na ɛno akyi no, ɔnam adanse bebree a edi mu so de ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔte ase.+ Wohuu no nnafua 40, na ɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm.+ 4 Bere a ɔne wɔn hyiae no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mummfi Yerusalem,+ na mmom monkɔ so ntwɛn nea Agya no ahyɛ ho bɔ no,+ nea motee ho asɛm fii me hɔ no. 5 Efisɛ Yohane de, nsu na ɔde bɔɔ asu, na mo de, ɛrenkyɛ, wɔde honhom kronkron bɛbɔ mo asu.”+
6 Enti bere a wohyiaam no, wobisaa no sɛ: “Awurade, saa bere yi na woresan de ahenni no ama Israel anaa?”+ 7 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enhia sɛ muhu* mmere anaa nna a Agya no de ne tumi ahyehyɛ ato hɔ no.+ 8 Mmom sɛ honhom kronkron no ba mo so a,+ mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo+ wɔ Yerusalem+ ne Yudea ne Samaria+ nyinaa de akɔ asaase ano noho.”+ 9 Bere a ɔkaa eyinom wiei no, na wogu so rehwɛ no. Ɛnna Onyankopɔn maa no so kɔɔ soro, na omununkum kataa ne ho, na wɔanhu no bio.+ 10 Bere a ɔrekɔ nyinaa, na wɔrehwɛ soro. Prɛko pɛ na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntaade fitaa+ begyinaa wɔn nkyɛn. 11 Ɛnna wobisae sɛ: “Galilea mmarima, adɛn nti na mugyinagyina ha rehwɛ soro yi? Yesu a wɔama no so afi mo nkyɛn kɔ soro yi, sɛnea muhui sɛ ɔrekɔ soro no, saa ara na ɔbɛba.”
12 Ɛnna wofii bepɔw bi a wɔfrɛ no Ngodua Bepɔw* so san kɔɔ Yerusalem.+ Ná bepɔw no bɛn Yerusalem, na sɛ wufi hɔ rekɔ Yerusalem a, ne tenten nyinaa yɛ homeda kwan.* 13 Bere a woduu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu, baabi a na wɔte no. Nnipa a na ɛwɔ hɔ ne Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne nsiyɛfo Simon, ne Yakobo ba Yuda.+ 14 Eyinom nyinaa de adwenkoro* bɔɔ mpae daa, na na mmea+ bi ne Yesu maame Maria ne Yesu nua mmarima+ ka ho.
15 Saa nna no mu no, Petro sɔre gyinaa anuanom no mfinimfini (ná nnipa* no dodow bɛyɛ 120). Ɛnna ɔkae sɛ: 16 “Mmarima, anuanom, honhom kronkron no nam Dawid so hyɛɛ Yuda ho nkɔm,+ nea ɔkyerɛɛ nkurɔfo kwan ma wɔkɔkyeree Yesu+ no. Ná ehia sɛ saa kyerɛwsɛm no ba mu. 17 Efisɛ na ɔka yɛn ho,+ na ɔyɛɛ ɔsom adwuma yi bi. 18 (Saa ɔbarima yi de amumɔyɛ ho akatua+ tɔɔ asaase. Ɔde ne kɔn bɛwɔɔ hɔ, na ne mu paee maa ne yam nneɛma nyinaa tu gui.+ 19 Wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa tee ho asɛm, enti wɔtoo asaase no din wɔ wɔn kasa mu sɛ, Akeldama, kyerɛ sɛ, “Mogya Asaase.”) 20 Na wɔakyerɛw wɔ Nnwom nhoma no mu sɛ, ‘Ma ne tenabea nna mpan, na mma obiara nntena hɔ,’+ na ‘Ne hwɛfo adwuma no, ma obi foforo nyɛ.’+ 21 Enti mmarima a na wɔka yɛn ho bere a na Awurade Yesu wɔ yɛn nkyɛn reyɛ n’adwuma,* 22 efi bere a Yohane bɔɔ no asu+ kosi da a wɔfaa no fii yɛn nkyɛn kɔɔ soro+ no, ehia sɛ saa mmarima yi mu baako ka yɛn ho na ɔne yɛn di ne wusɔre ho adanse.”+
23 Enti wɔbɔɔ nnipa baanu din. Baako ne Yosef a wɔfrɛ no Barsaba a wɔsan frɛ no Yusto, ɛnna baako nso ne Matia. 24 Na wɔbɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa,* wo na wunim nnipa nyinaa koma mu.+ Kyerɛ mmarima baanu yi mu nea woayi no 25 sɛ ɔmfa ɔsom adwuma ne asomafo adwuma yi, adwuma a Yuda poe* kɔfaa ɔno ara ne kwan so no.”+ 26 Enti wɔbɔɔ wɔn so ntonto,+ na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkan no kaa asomafo 11 no ho.
2 Ɛda a na wɔredi Pentekoste* Afahyɛ+ no, na wɔn nyinaa ahyiam faako. 2 Prɛko pɛ na dede bi fi soro bae, te sɛ mframa a ɛrebɔ denneennen, na egyigyei ofi a na wɔte mu no mu nyinaa.+ 3 Na wohuu tɛkrɛma bebree a ɛte sɛ ogya. Eyiyii mmaako mmaako, na ebi besii wɔn mu biara so, 4 na honhom kronkron+ hyɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kaa kasa horow,* sɛnea honhom no ma wotumi kae no.+
5 Saa bere no, na Yudafo a wɔmfa wɔn som nni agoru fi wiase aman nyinaa* mu abɛtena Yerusalem.+ 6 Enti bere a nnyigyei no bae no, nnipadɔm bi behyiae, na na wɔn adwene atu afra, efisɛ wɔn mu biara tee sɛ wɔreka ɔno ara ne kasa. 7 Ɛyɛɛ wɔn nwonwa paa, na wɔkae sɛ: “Hwɛ, nnipa a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafo+ anaa? 8 Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na yɛn mu biara te ne kurom kasa yi?* 9 Partifo ne Mediafo+ ne Elamfo+ ne wɔn a wɔtete Mesopotamia, ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia mpɔtam,+ 10 ne Frigia ne Pamfilia, Egypt ne Libia amantam a ɛbɛn Kirene, ne ahɔho a wofi Roma aba, kyerɛ sɛ, Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo+ nyinaa, 11 ne Kretafo ne Arabiafo, yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn nnwuma akɛse* no ho asɛm wɔ yɛn kasa mu.” 12 Yiw, ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa, na wɔn adwene tu frae, na wobisabisaa wɔn ho sɛ: “Dɛn na eyi kyerɛ?” 13 Na ebinom nso dii wɔn ho fɛw, na wɔkae sɛ: “Nsã dɔkɔdɔkɔ* abow wɔn.”
14 Ɛnna Petro ne Dubaako no+ sɔre gyinaa hɔ, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yudea mmarima ne mo a motete Yerusalem nyinaa, munhu eyi, na muntie me nsɛm yi yiye. 15 Nea ɛwom ne sɛ, saa nnipa yi mmow nsã sɛnea mo adwene yɛ mo no, efisɛ ɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa.* 16 Mmom, eyi na wɔnam odiyifo Yoel so kae no: 17 ‘Onyankopɔn se, “Awiei mmere no mu no, mehwie me honhom no bi agu ɔhonam ahorow nyinaa so, na mo mma mmarima ne mo mma mmea bɛhyehyɛ nkɔm, na mo mmerante benya anisoadehu, na mo mpanyimfo bɛsoso adae,+ 18 na mehwie me honhom no bi agu me nkoa ne me mfenaa mpo so wɔ saa nna no mu, na wɔbɛhyɛ nkɔm.+ 19 Na mɛma anwonwade aba wim wɔ soro, na nsɛnkyerɛnne aba asaase so wɔ fam, mogya ne ogya ne wusiw kumɔnn. 20 Owia bɛdan sum, na ɔsram adan mogya ansa na Yehowa* da kɛse a ɛkyɛn so no aba. 21 Na obiara a ɔbɛbɔ Yehowa* din afrɛ no no, obenya nkwa.”’+
22 “Israel mmarima, muntie nsɛm yi: Nasaretni Yesu yɛ ɔbarima a Onyankopɔn ma ɔyɛɛ nnwuma akɛse ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne wɔ mo mu.+ Onyankopɔn nam nea Yesu yɛe no so na eyii no adi kyerɛɛ mo pefee, sɛnea mo ara munim no. 23 Saa ɔbarima yi na woyii no mae. Ná Onyankopɔn abɔ ne tirim* wɔ ho, na na onim dedaw sɛ saa ara na ɛbɛba.+ Ɔbarima yi na monam mmaratofo so bɔɔ no asɛndua mu na mukum no no.+ 24 Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu+ de gyee no fii owu yaw* mu, efisɛ na owu rentumi nkyekyere no.+ 25 Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: ‘Mede Yehowa* asi m’anim daa. Ɔwɔ me nsa nifa, enti merenhinhim da. 26 Eyi nti, me koma ani gyei na me tɛkrɛma dii ahurusi kɛse. Na mɛtena* anidaso mu; 27 efisɛ worennyaw me* wɔ Ɔdamoa* mu, na woremma nea odi nokware ma wo* no mporɔw.*+ 28 Woama mahu nkwa kwan; wobɛma manya anigye kɛse wɔ w’anim.’+
29 “Mmarima, anuanom, momma menka abusuapanyin Dawid ho asɛm pefee nkyerɛ mo. Ɛne sɛ, owui, na wosiee no,+ na ne damoa wɔ yɛn nkyɛn de besi nnɛ. 30 Ná ɔyɛ odiyifo, na na onim sɛ Onyankopɔn aka no ntam sɛ ɔde n’aseni* bi bɛtena n’ahengua so.+ Enti 31 odii kan huu Kristo wusɔre no, na ɔkaa ho asɛm sɛ wɔannyaw no Ɔdamoa* mu, na ne honam nso amporɔw.*+ 32 Yesu yi na Onyankopɔn nyan no, na yɛn nyinaa yɛ ho adansefo.+ 33 Wɔhyɛɛ no anuonyam de no tenaa Onyankopɔn nsa nifa,+ na onyaa honhom kronkron a Agya no de hyɛɛ no bɔ no fii Agya no hɔ.+ Ɛno nti na wahwie nea muhu na mote yi agu yɛn so yi. 34 Dawid ankɔ soro, nanso ɔno ara kae sɛ, ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa 35 kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiaso.”’+ 36 Enti ma Israel fi nyinaa nhu paa sɛ, Yesu yi a mobɔɔ no asɛndua mu+ no, Onyankopɔn ayɛ no Awurade+ ne Kristo.”
37 Bere a wɔtee eyi no, ɛwowɔɔ wɔn komam, na wobisaa Petro ne asomafo a aka no sɛ: “Mmarima, anuanom, dɛn na yɛnyɛ?” 38 Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsakra,+ na momma wɔmmɔ mo mu biara asu+ wɔ Yesu Kristo din mu, na moanya bɔnefakyɛ.+ Na mubenya honhom kronkron akyɛde a wɔde ma kwa no. 39 Efisɛ bɔhyɛ no+ wɔ hɔ ma mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri nyinaa, ɛne wɔn a Yehowa* yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”+ 40 Na ɔkaa nsɛm foforo pii de dii adanse frenkyemm, na ɔkɔɔ so tuu wɔn fo sɛ: “Momma wonnye mo mfi awo ntoatoaso a akyea yi+ mu.” 41 Enti wɔn a wɔde anigye gyee n’asɛm no, wɔbɔɔ wɔn asu.+ Na saa da no, wɔde nnipa* bɛyɛ 3,000 bɛkaa wɔn ho.+ 42 Na wɔkɔɔ so yɛɛ aso tiee asomafo no nkyerɛkyerɛ, wɔbɔɔ fekuw,* wɔboom didii,+ na wɔbɔɔ mpae daa.+
43 Nokwasɛm ne sɛ, ehu fii ase kaa obiara,* na asomafo no fii ase yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne bebree.+ 44 Wɔn a wɔbɛyɛɛ gyidifo no nyinaa hyiaa mu, na wɔde wɔn nneɛma nyinaa boom, 45 na wɔtontɔn wɔn ahode+ ne wɔn agyapade, na nea wonya fii mu no, wɔkyekyɛ maa obiara nyaa nea ohia.+ 46 Wɔde adwenkoro* kɔɔ asɔrefi hɔ da biara da, na obiara didii ne yɔnko fi, na wɔde ahosɛpɛw ne koma a emu tew na ɛboom didii, 47 na woyii Onyankopɔn ayɛ, na wonyaa nnipa no nyinaa anim dom. Saa bere no ara nso, Yehowa* kɔɔ so de wɔn a ɔregye wɔn nkwa no kaa asuafo no ho daa.+
3 Da bi, na Petro ne Yohane rekɔ* asɔrefi hɔ. Ná ɛyɛ dɔn a wɔbɔ mpae, dɔn a ɛto so akron.* 2 Ná nkurɔfo so ɔbarima bi a wɔwoo no obubuafo. Da biara, na wɔde no ba asɔrefi pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛɛfɛ no ano. Ná wɔyɛ saa, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asrɛsrɛ ade afi wɔn a wɔrekɔ asɔrefi hɔ no nkyɛn. 3 Bere a ohui sɛ Petro ne Yohane rebewura asɔrefi hɔ no, ofii ase srɛɛ wɔn sɛ wɔnkyɛ no ade. 4 Nanso Petro ne Yohane nyinaa hwɛɛ no dinn, na wɔkae sɛ: “Hwɛ yɛn.” 5 Enti ɔhwɛɛ wɔn dinn, na na ɔrehwɛ kwan sɛ wɔbɛkyɛ no ade. 6 Nanso Petro kae sɛ: “Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ de, minni bi. Nea mewɔ na mede rema wo yi. Nasaretni Yesu Kristo din mu, nantew!”+ 7 Ɛnna Petro soo ne nsa nifa maa no so gyinaa hɔ.+ Na ɛhɔ ara na ne nan ne ne nanpɔwso yɛɛ den.+ 8 Afei ohuruw gyinaa ne nan so,+ na ofii ase nantewee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefi hɔ. Bere a wɔrekɔ nyinaa, na ɔrenantew huruhuruw yi Onyankopɔn ayɛ. 9 Na nnipa no nyinaa hui sɛ ɔnenam hɔ reyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Na wohui sɛ ɔno ne ɔbarima a na ɔtena Ɔpon Fɛfɛɛfɛ no ano wɔ asɔrefi hɔ+ srɛsrɛ ade no. Ne ho a na atɔ no no yɛɛ wɔn nwonwa yiye, na wɔn ani gyei papaapa.
11 Nea nnipa a ɛwɔ hɔ no hui no maa wɔn ho dwiriw wɔn boroo so. Enti bere a ɔbarima no da so kura Petro ne Yohane mu no, nnipa no nyinaa tuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Solomon Abrannaa+ no. 12 Bere a Petro huu eyi no, obisaa nkurɔfo no sɛ: “Israel mmarima, adɛn nti na eyi yɛ mo nwonwa saa, na adɛn nti na morehwɛ yɛn haa te sɛ nea gyama yɛn ankasa tumi anaa yɛn nyamesom pa so na yɛnam ma ɔnantewee? 13 Abraham ne Isak ne Yakob+ Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn no, wahyɛ n’akoa+ Yesu+ anuonyam. Yesu yi na muyii no mae,+ na bere a Pilato yɛɛ n’adwene sɛ obegyaa no mpo no, mokae wɔ Pilato anim sɛ munnim no.* 14 Nokwasɛm ne sɛ, nea ɔyɛ kronkron na ɔteɛ no, mokae sɛ munnim no,* na mosrɛe sɛ wɔmfa ɔbarima wudifo mmom mma mo,+ 15 ɛnna mukum nkwa Safohene+ no. Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu, na yɛyɛ saa nokwasɛm no ho adansefo.+ 16 Ɛnam ne din so, ɛne gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu so na ɔbarima a muhu no na munim no yi anya ahoɔden. Na ne mu gyidi na ama ɔbarima yi anya apɔwmuden korakora wɔ mo nyinaa anim yi. 17 Afei anuanom, minim sɛ nim a munnim nti na moyɛe,+ sɛnea mo atumfo no nso yɛe no.+ 18 Nanso Onyankopɔn nam saa kwan yi so ama nea ɔnam adiyifo no nyinaa anom so ka too hɔ no aba mu. Ɛne sɛ, ne Kristo no behu amane.+
19 “Enti monsakra mo adwene,+ na monnan mo ho+ mma wɔmpopa mo bɔne.+ Sɛ moyɛ saa a, ahotɔ mmere befi Yehowa ankasa nkyɛn* aba, 20 na ɔbɛsoma Yesu, Kristo a wɔayi no ama mo no. 21 Ɔbɛtena ɔsoro akosi mmere a wobesiesie nneɛma nyinaa, sɛnea Onyankopɔn nam ne tete adiyifo kronkron no anom so kae no. 22 Nea ɛwom ne sɛ, Mose kae sɛ: ‘Yehowa* mo Nyankopɔn beyi odiyifo bi a ɔte sɛ me afi mo nuanom mu ama mo.+ Nea ɔbɛka akyerɛ mo biara, ɛsɛ sɛ mutie.+ 23 Nokwarem no, obiara* a wantie saa Odiyifo no, wɔbɛsɛe no koraa afi ɔman no mu.’+ 24 Na adiyifo no nyinaa, efi Samuel so besi wɔn a wodii n’akyi bae so no, wɔn a wɔkasae nyinaa kaa saa nna yi ho asɛm pefee.+ 25 Moyɛ adiyifo no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom yɛe no mma.+ Ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Ɛnam w’aseni* so na asaase so mmusua nyinaa benya nhyira.’+ 26 Bere a Onyankopɔn maa n’akoa* no so no, odii kan somaa no baa mo nkyɛn+ sɛ ɔmmɛdan mo nyinaa mfi mo nneyɛe bɔne ho mfa nhyira mo.”
4 Bere a wɔn baanu gu so rekasa akyerɛ nkurɔfo no, asɔfo no ne asɔrefi hwɛfo no ne Sadukifo+ no baa wɔn so. 2 Ná wɔn bo afuw, efisɛ na asomafo no rekyerɛkyerɛ nkurɔfo no, na na wɔreka no pefee sɛ Yesu anyan afi awufo mu.*+ 3 Enti wɔkyeree wɔn, na wɔde wɔn koguu afiase+ maa ade kyee, efisɛ na ɛyɛ anwummere.* 4 Nanso wɔn a wotiee ɔkasa no mu pii gye dii, na mmarima no dodow beduu bɛyɛ 5,000.+
5 Bere a ade kyee no, ɔman no atumfo, ne mpanyimfo ne akyerɛwfo no hyiaam wɔ Yerusalem. 6 Ná ɔsɔfo panyin Anas+ ne Kaiafa+ ne Yohane ne Aleksandro, ne wɔn a na wɔyɛ ɔsɔfo panyin no abusuafo nyinaa nso ka ho. 7 Ɛnna wɔde Petro ne Yohane gyinaa wɔn mfinimfini, na wofii ase bisabisaa wɔn sɛ: “Tumi bɛn na mode yɛɛ eyi, na hena din mu na moyɛe?” 8 Ɛnna Petro a honhom kronkron+ ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:
“Ɔman atumfo ne mpanyimfo, 9 papa a yɛayɛ ama obubuafo+ bi nti, ɛnnɛ morehwehwɛ yɛn nsɛm mu, na mopɛ sɛ muhu onii a wama ɔbarima yi ho atɔ no. 10 Ɛnde, mo ne nnipa a ɛwɔ Israel nyinaa nhu sɛ, Nasaretni+ Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu+ a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu+ no, ɛnam no so na ɔbarima yi ho atɔ no a ogyina mo anim ha yi. 11 Yesu yi ne ‘ɔbo a mo a moyɛ adansifo amfa anyɛ hwee a abɛyɛ ntwea so bo titiriw+ no.’ 12 Bio nso, nkwagye nni obi foforo biara mu, efisɛ edin+ foforo biara nni ɔsoro ase a wɔde ama nnipa sɛ yɛmfa so nnya nkwa.”+
13 Bere a wohuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoduru so, na wohui sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma,* na wɔnyɛ nnipa titiriw biara+ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Na wohui sɛ na wɔka Yesu ho.+ 14 Bere a wɔhwɛɛ ɔbarima a ogyina wɔn nkyɛn a ne ho atɔ no+ no, wɔannya hwee anka.+ 15 Enti wɔma wofii Sanhedrin asa no so puei, na wofii ase dwinnwen asɛm no ho. 16 Wɔkekae sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ saa mmarima yi?+ Nokwasɛm ne sɛ, wɔayɛ sɛnkyerɛnne kɛse bi, na wɔn a wɔte Yerusalem+ nyinaa nim, na yɛrentumi nnye ho akyinnye. 17 Nanso, nea ɛbɛyɛ a asɛm no nkɔ so ntrɛw wɔ nnipa no mu nti, momma yenhunahuna wɔn, na yɛnka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔnhwɛ na wɔanka edin yi ho asɛm ankyerɛ obiara bio.”+
18 Ɛno nti wɔfrɛɛ wɔn, na wɔka kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ wɔnnka biribiara wɔ Yesu din mu, na wɔnnkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu nso. 19 Nanso Petro ne Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so sɛ yetie mo mmom sen Onyankopɔn a, mo ara mummua.* 20 Na yɛn de, nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.”+ 21 Enti bere a wohunahunaa wɔn bio no, wogyaa wɔn, efisɛ wɔannya biribiara a wobegyina so atwe wɔn aso. Afei nso, na wosuro nkurɔfo no,+ efisɛ na wɔn nyinaa rehyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ nea asi no ho. 22 Ná ɔbarima a wɔsaa no yare anwonwakwan so yi adi boro mfe 40.
23 Bere a wogyaa wɔn no, wɔkɔɔ asuafo a aka no nkyɛn, na asɛm a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ. 24 Bere a wɔtee eyi no, wɔde adwenkoro* maa wɔn nne so ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ:
“Awurade Tumfo, wo na woyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa,+ 25 na wonam honhom kronkron so faa yɛn agya Dawid+ a ɔyɛ w’akoa no anom so kae sɛ: ‘Adɛn nti na amanaman yɛɛ gyegyeegye, na nkurɔfo no dwinnwen nneɛma hunu* ho? 26 Asaase so ahemfo sɔre gyinae, na atumfo boom sɔre tiaa Yehowa,* na wɔsɔre tiaa nea wasra no+ no.’* 27 Efisɛ Herode ne Pontio Pilato+ ne amanaman mufo ne nkurɔfo a wofi Israel ka boom wɔ kurow yi mu, na wɔko tiaa w’akoa kronkron Yesu a wosraa no+ no, 28 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nea woka too hɔ no. Eyinom baa mu, efisɛ wowɔ tumi,* na na ɛyɛ wo pɛ nso.+ 29 Afei, Yehowa,* tie wɔn ahunahuna no, na ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru kɛse nka w’asɛm, 30 na teɛ wo nsa ma nnipa nnya ayaresa, na nsɛnkyerɛnne ne anwonwade+ mfa w’akoa kronkron Yesu+ din so mmra.”
31 Bere a wɔbɔɔ mpae denneennen wiei no,* baabi a wohyiaam no wosowee, na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mama,+ na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no.+
32 Bio nso, nnipadɔm a wogye dii no nyaa koma ne ɔkra* koro. Na wɔn mu baako mpo anka sɛ ne nneɛma yɛ ɔno nko ara dea. Mmom, na wɔn nyinaa nneɛma bom.+ 33 Na asomafo no de tumi kɛse kɔɔ so dii Awurade Yesu+ wusɔre no ho adanse, na wɔn nyinaa nyaa adom pii. 34 Nokwarem no, wɔn mu biara nni hɔ a na biribi hia no,+ efisɛ na wɔn a wɔwɔ nsaase anaa afi no nyinaa tɔn de nea wonya fi mu no ba, 35 na na wɔde brɛ asomafo no.+ Ná wɔn nso kyekyɛ ma obiara nya nea ohia.+ 36 Ná Yosef bi wɔ hɔ a asomafo no too no din Barnaba+ (asekyerɛ ne “Awerɛkyekye Ba”). Ná ɔyɛ Lewini a ofi Kipro. 37 Ná ɔwɔ asaase bi, na ɔtɔn de sika no brɛɛ asomafo no.+
5 Ɔbarima bi a ne din de Anania, ne ne yere Safira nso tɔn agyapade bi. 2 Nanso oyii sika a wonyae no bi siei, na na ne yere nso nim ho bi. Na Anania de sika no fã bi pɛ brɛɛ asomafo no.+ 3 Ɛnna Petro bisaa no sɛ: “Anania, adɛn nti na woama Satan apiapia wo* sɛ bedi atoro+ kyerɛ honhom kronkron+ no, na fa asaase no ho sika no bi sie? 4 Bere a asaase no wɔ hɔ no, na ɛnyɛ wo dea anaa? Na bere a wotɔnee no nso, na sika no nyɛ wo ara wo dea? Adɛn nti na woadwen biribi a ɛte saa wɔ wo komam? Onyankopɔn na woadi atoro akyerɛ no, na ɛnyɛ nnipa.” 5 Bere a Anania tee asɛm yi no, otwa hwee, na owui. Na ehu kɛse kaa wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa. 6 Ɛnna mmerante no sɔree, na wɔde ntama kyekyeree no, na wɔmaa no so kosiee no.
7 Bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere baa hɔ, na na onnim nea asi. 8 Ɛnna Petro bisaa ɔbea no sɛ: “Ka kyerɛ me, bere a motɔn asaase no, sɛɛ na mode gyei anaa?” Ɔkae sɛ: “Yiw, saa na yɛde gyei.” 9 Ɛnna Petro bisaa no sɛ: “Adɛn nti na mo baanu ayɛ adwene sɛ mobɛsɔ Yehowa* honhom ahwɛ? Hwɛ! Wɔn a wokosiee wo kunu no, wɔn na wote sɛ wɔreba a wɔadu ɔpon ano no.* Wo nso, wɔbɛsoa wo akɔ.” 10 Ɛhɔ ara na otwa hwee Petro nan ase wui. Bere a mmerante no beduu hɔ no, wohui sɛ wawu, na wɔmaa no so puei, na wokosiee no wɔ ne kunu nkyɛn. 11 Ɛno nti, ehu kɛse kaa asafo no nyinaa ne wɔn a wɔtee nsɛm yi nyinaa.
12 Bio nso, asomafo no kɔɔ so yɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade bebree wɔ nkurɔfo no mu,+ na na wɔn nyinaa hyiam wɔ Solomon Abrannaa no so.+ 13 Ɛwom, nnipa a aka no mu biara annya akokoduru amfa ne ho ammɔ wɔn; nanso, nkurɔfo kaa wɔn ho asɛmpa. 14 Nea ɛsen saa no, wɔn a wɔagye Awurade adi no bebree bɛkaa wɔn ho, mmea ne mmarima pii.+ 15 Na wɔn a wɔyare mpo, wɔde wɔn baa abɔnten bɛtotoo mpa nketewa ne kɛtɛ so, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ Petro retwam a, ne sunsuma betumi atɔ wɔn mu bi so.+ 16 Bio nso, nnipa pii fifi nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no mu bae. Wɔreba no, na wɔsoso ayarefo ne wɔn a ahonhom fĩ haw wɔn, na wɔn nyinaa nyaa ayaresa.
17 Na ɔsɔfo panyin no ne wɔn a wɔka ne ho a wofi Sadukifo kuw mu no nyinaa sɔree, na na ahoɔyaw ahyɛ wɔn ma. 18 Ɛno nti, wɔkyeree asomafo no de wɔn guu afiase.+ 19 Nanso anadwo no, Yehowa* bɔfo buebuee afiase apon+ no, na oyii wɔn puei. Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 20 “Monkɔ, na munkogyina asɔrefi hɔ, na monkɔ so nka nkwa yi ho nsɛm nyinaa nkyerɛ nkurɔfo no.” 21 Bere a wɔtee saa no, wɔkɔɔ asɔrefi hɔ ahemanakye, na wofii ase kyerɛkyerɛe.
Ɛnna ɔsɔfo panyin no ne wɔn a ɛka ne ho no bedui, na wɔfrɛɛ Sanhedrin no ne Israel mma mpanyimfo bagua no nyinaa hyiae, na wɔsoma kɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafo no mmra wɔn anim. 22 Nanso bere a awɛmfo no koduu hɔ no, wɔanhu wɔn wɔ afiase hɔ. Enti wɔsan kɔbɔɔ amanneɛ. 23 Wɔkae sɛ: “Yehui sɛ wɔato afiase no mu denneennen, na na awɛmfo no gyinagyina apon no ano, nanso bere a yebuei no, yɛanhu obiara wom.” 24 Bere a asɔrefi hwɛfo no ne asɔfo mpanyin no tee asɛm no, wɔn adwene tu frae efisɛ na wonnim sɛnea asɛm no bɛkɔ akowie. 25 Ɛnna obi bae bɛbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Hwɛ! Mmarima a mode wɔn guu afiase no wɔ asɔrefi hɔ, na wogyina hɔ rekyerɛkyerɛ nkurɔfo no.” 26 Enti awɛmfo panyin no ne n’awɛmfo kɔfaa wɔn bae, nanso wɔanyɛ wɔn basabasa, efisɛ na wosuro sɛ nkurɔfo no besiw wɔn abo.+
27 Enti wɔde wɔn begyinaa Sanhedrin no anim. Na ɔsɔfo panyin no bisabisaa wɔn nsɛm. 28 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛhyɛɛ mo denneennen sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu+ bio. Nanso hwɛ! mode mo nkyerɛkyerɛ ahyɛ Yerusalem ma, na moasi mo bo sɛ mode onipa yi mogya bɛba yɛn so.”+ 29 Ɛnna Petro ne asomafo a aka no kae sɛ: “Onyankopɔn ne sodifo a ɛsɛ sɛ yetie no, na ɛnyɛ nnipa.+ 30 Yɛn agyanom Nyankopɔn nyan Yesu a mosɛn no dua so kum no no.+ 31 Onyankopɔn hyɛɛ Yesu yi anuonyam, na ɔyɛɛ no Ɔsafohene+ ne Agyenkwa,+ na ɔde no tenaa ne nsa nifa+ sɛ ɔmma Israel nnya adwensakra ne bɔnefakyɛ.+ 32 Yɛyɛ nsɛm yi ho adansefo,+ na honhom kronkron+ a Onyankopɔn de ama wɔn a wotie no* no nso di ho adanse.”
33 Bere a wɔtee eyi no, wɔn bo fuwii paa,* na na wɔpɛ sɛ wokum asomafo no. 34 Nanso Farisini bi a wɔfrɛ no Gamaliel+ sɔree wɔ Sanhedrin no mu. Ná ɔyɛ obi a ɔkyerɛ Mmara, na na nkurɔfo no nyinaa bu no. Ɔkae sɛ wɔmfa mmarima no mpue kakra. 35 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Israel mmarima, nea mopɛ sɛ mode yɛ saa mmarima yi, munnwen ho yiye. 36 Hwɛ, bere bi a atwam no, Teuda sɔree, na ɔkae sɛ ɔyɛ onipa titiriw. Na mmarima a wɔn dodow bɛyɛ 400 kɔkaa ne kuw no ho. Nanso wokum no, na wɔn a wodi n’akyi nyinaa bɔ hwetee, na ansi wɔn yiye. 37 Ɔno akyi no, Galileani bi a ne din de Yuda nso sɔree wɔ nna a na wɔrekyerɛw din no mu, na ɔtwee nnipa dii n’akyi. Saa ɔbarima no nso wui, na wɔn a wodi n’akyi nyinaa bɔ hwetee. 38 Ɛno nti, nea ɛrekɔ so seesei yi, nea mɛka akyerɛ mo ne sɛ, monnhaw saa mmarima yi. Mmom, munnyaa wɔn. Efisɛ sɛ nkyerɛkyerɛ yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ebegu. 39 Na sɛ efi Onyankopɔn a, ɛnde morentumi ngu+ no. Anyɛ saa a, ɛbɛyɛ sɛ nea mo ne Onyankopɔn ankasa na ɛreko.”+ 40 Bere a ɔkaa eyi no, wotiee n’afotu no, na wɔfrɛɛ asomafo no hwee wɔn.+ Na wɔka kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ wonnyae Yesu din ho asɛm ka, na wogyaa wɔn.
41 Ɛnna wɔde anigye+ pue fii Sanhedrin no anim kɔe, efisɛ wobuu wɔn sɛ ne din nti, wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase. 42 Na wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Kristo Yesu ho asɛmpa no wɔ asɔrefi hɔ ne afi afi+ mu da biara, na wɔannyae.+
6 Ɛbae sɛ saa nna no mu, bere a na asuafo no redɔɔso no, Yudafo a wɔka Greek kasa no fii ase kasa tiaa Yudafo a wɔka Hebri kasa no, efisɛ na wɔabu wɔn ani agu akunafo a wɔka Greek kasa no so, na na wɔmma wɔn nneɛma a wɔkyekyɛ no daa no bi.+ 2 Enti Dumien no frɛɛ asuafo no nyinaa behyiae, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛmfata* sɛ yebegyaw Onyankopɔn asɛm ato hɔ akɔkyekyɛ aduan wɔ apon so.+ 3 Enti anuanom, monhwehwɛ mo mu, na munyi mmarima baason a wɔwɔ din pa,+ mmarima a honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma,+ na yɛmfa adwuma a ɛho hia yi nhyɛ wɔn nsa.+ 4 Na yɛn de, yebetu yɛn ho ama mpaebɔ, na yɛatu yɛn ho ama akyerɛkyerɛ Onyankopɔn asɛm no.” 5 Nea wɔkae no tɔɔ nnipadɔm no nyinaa asom, na woyii Stefano, ɔbarima a gyidi ne honhom kronkron ayɛ no ma, ne Filipo+ ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao, a ofi Antiokia a wasakra abɛyɛ Yudani no. 6 Wɔde wɔn baa asomafo no nkyɛn, na bere a wɔbɔɔ mpae wiei no, asomafo no de wɔn nsa guu wɔn so.+
7 Na Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛwee,+ na asuafo no kɔɔ so yɛɛ bebree+ wɔ Yerusalem; na asɔfo no mu pii bɛyɛɛ gyidifo.+
8 Na Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ayɛ no ma no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse wɔ nnipa no mu. 9 Ɛnna nkurɔfo bi a wofi nea wɔfrɛ no Ahofadifo Hyiadan no mu, ɛne Kirenefo bi ne Aleksandriafo bi ne ebinom a wofi Kilikia ne Asia no bae sɛ wɔne Stefano rebegye akyinnye. 10 Nanso wɔantumi annyina ne nyansa ne honhom a na ɔde rekasa no ano.+ 11 Ɛnna wotutu guu nnipa bi asom* sɛ wɔnka sɛ: “Yɛate sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.” 12 Na wɔkanyan nnipa no ne mpanyimfo no ne akyerɛwfo no ma wɔbaa no so prɛko pɛ bɛkyeree no, na wɔde no kɔɔ Sanhedrin no anim. 13 Na wɔmaa nkurɔfo bi bedii atoro kae sɛ: “Ɔbarima yi kasa tia kronkronbea yi ne Mmara no da biara a onnyae. 14 Hwɛ! yɛate sɛ ɔka sɛ Yesu yi a ɔyɛ Nasaretni no bedwiriw asɔrefi yi agu, na wasakra amanne a Mose de maa yɛn no.”
15 Na wɔn a wɔte Sanhedrin bagua no mu nyinaa hwɛɛ no dinn, na wohui sɛ n’anim te sɛ ɔbɔfo anim.
7 Na ɔsɔfo panyin no bisaa no sɛ: “Nsɛm yi te saa anaa?” 2 Ɛnna Stefano buae sɛ: “Mmarima, anuanom ne agyanom, muntie. Anuonyam Nyankopɔn no yii ne ho adi kyerɛɛ yɛn nana Abraham, bere a na ɔwɔ Mesopotamia, ansa na ɔrekɔtena Haran,+ 3 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Fi w’asaase so ne w’abusuafo mu na kɔ asaase a mɛkyerɛ wo no so.’+ 4 Enti ofii Kaldeafo asaase so kɔtenaa Haran. Bere a ne papa wui no,+ Onyankopɔn ma otu fii hɔ, na ɔbɛtenaa asaase a mote so seesei yi so.+ 5 Nanso wamma no bi sɛ agyapade. Daabi, wamma no baabi a ɔde ne nan besi mpo. Mmom ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no sɛ agyapade, na n’akyi no, ɔde bɛma n’asefo.*+ Nanso saa bere no, na onni ba. 6 Bio nso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ n’asefo* bɛkɔ akɔyɛ ahɔho wɔ obi man so, na ɛhɔfo de wɔn bɛyɛ nkoa na wɔateetee wɔn* mfe 400.+ 7 Onyankopɔn kae sɛ, ‘Mebu ɔman a ɛde wɔn bɛyɛ nkoa no atɛn,+ na eyinom akyi no, wobefi hɔ na wɔabɛsom me wɔ ha.’+
8 “Ɔsan ne Abraham yɛɛ twetiatwa* apam.+ Enti bere a ɔwoo Isak+ no, da a ɛto so awotwe no, otwaa no twetia.+ Na Isak woo Yakob,* na Yakob woo mmusua ti* 12 no. 9 Na mmusua ti no ani beree Yosef,+ na wɔtɔn no kɔɔ Egypt.+ Nanso na Onyankopɔn ka ne ho,+ 10 na ogyee no fii ne haw nyinaa mu, na ɔma onyaa adom ne nyansa wɔ Egypt hene Farao anim. Na Farao de Egypt ne ne fi nyinaa hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ so.+ 11 Na ɔkɔm baa Egypt ne Kaanan nyinaa, yiw, ahokyere kɛse paa, na na yɛn agyanom nnya biribiara nni.+ 12 Ɛnna Yakob tee sɛ aduan wɔ Egypt, enti ɔsomaa yɛn agyanom kɔɔ hɔ nea edi kan.+ 13 Bere a wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef yii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na Farao huu Yosef abusuafo.+ 14 Enti Yosef de nkra kɔmaa ne papa Yakob ne n’abusuafo nyinaa sɛ womfi hɔ mmra.+ Ná wɔn nyinaa dodow si nnipa* 75.+ 15 Enti Yakob kɔɔ Egypt,+ na owui wɔ hɔ.+ Na yɛn agyanom nso wuwui saa ara.+ 16 Na wɔde wɔn kɔɔ Sekem kosiee wɔn. Wosiee wɔn wɔ ɔda a Abraham de dwetɛ sika tɔ fii Hamor mma nkyɛn wɔ Sekem no mu.+
17 “Bere a aka kakra ama ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no aba mu no, nnipa no yɛɛ bebree, na wɔdɔɔso wɔ Egypt, 18 kosii sɛ ɔhene foforo bedii ade wɔ Egypt. Ɔno de, na onnim Yosef.+ 19 Saa ɔhene no nam nyansakwan so dii yɛn nkurɔfo no so, na ɔde atirimɔden hyɛɛ agyanom no sɛ wonnyaw wɔn mma nketewa hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobewuwu.+ 20 Saa bere no na wɔwoo Mose, na na ne ho yɛ fɛ yiye.* Na wɔhwɛɛ no* wɔ ne papa fi abosome abiɛsa.+ 21 Na bere a wogyaw no too baabi no,+ Farao babea faa no, na ɔtetee no sɛ ɔno ara ne ba.+ 22 Enti wɔkyerɛɛ Mose Egyptfo nyansa nyinaa. Nokwasɛm ne sɛ, na ɔde tumi kasa, na ɔyɛɛ nneɛma akɛse.+
23 “Bere a odii mfe 40 no, ɛbaa ne komam* sɛ ɔbɛkɔ akɔsra* ne nuanom, Israel mma no.+ 24 Bere a ohui sɛ wɔreyɛ wɔn mu baako bɔne no, ɔkɔboaa no, na okum Egyptni no tuaa ka. 25 N’adwene yɛɛ no sɛ ne nuanom no behu sɛ Onyankopɔn nam no so* regye wɔn, nanso wɔanhu no saa. 26 Bere a ade kyee no, ɔkɔtoo wɔn sɛ wɔreko, na ɔyɛe sɛ ɔbɛka wɔn abom ama asomdwoe aba wɔn ntam. Enti ɔkae sɛ: ‘Mmarima, moyɛ anuanom. Adɛn nti na moatwa mo ho reko?’ 27 Ɛnna nea ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no piaa Mose, na ɔkae sɛ: ‘Hena na ɔde wo sii yɛn so sɛ sodifo ne ɔtemmufo? 28 Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnɛra wukum Egyptni no anaa?’ 29 Bere a Mose tee saa no, oguanee, na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho wɔ Midian asaase so. Ɛhɔ na ɔwoo mma mmarima baanu.+
30 “Mfe 40 akyi no, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ Sinai Bepɔw sare so wɔ nwura* bi a ɛredɛw mu.+ 31 Bere a Mose hui no, ɛyɛɛ no nwonwa. Na ɔrebɛn ho akɔhwɛ no, ɔtee Yehowa* nne sɛ: 32 ‘Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn.’+ Na ehu kaa Mose, enti wannya akokoduru bio sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ dekode. 33 Yehowa* ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Yi wo nan ase mpaboa, na baabi a wugyina no yɛ asaase kronkron. 34 Sɛnea wɔreteetee me nkurɔfo a wɔwɔ Egypt no m’ani tua, na mate wɔn sufrɛ,+ na masian aba sɛ merebegye wɔn. Enti bra ma mensoma wo nkɔ Egypt.’ 35 Mose yi a wɔkae sɛ wonnim no, a wobisaa no sɛ: ‘Hena na ɔde wo sii yɛn so sɛ sodifo ne ɔtemmufo?’+ no, ɔno ara na Onyankopɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura* mu no so somaa no+ sɛ sodifo ne ogyefo. 36 Ɔbarima yi na oyii wɔn fii Egypt,+ na ɔyɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne wɔ Egypt+ ne Ɛpo Kɔkɔɔ no+ mu ne sare no so mfe 40.+
37 “Mose yi na ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: ‘Onyankopɔn beyi odiyifo bi a ɔte sɛ me afi mo nuanom mu ama mo.’+ 38 Mose yi na na ɔne asafo no wɔ sare so no. Ná ɔbɔfo+ a ɔkasa kyerɛɛ+ Mose wɔ Sinai Bepɔw so, a ɔsan kasa kyerɛɛ yɛn agyanom no ne Mose na ɛwɔ hɔ. Na Mose nsa kaa nkwa nsɛm kronkron sɛ ɔmfa mmrɛ yɛn.+ 39 Yɛn agyanom antie no.+ Mmom wopiaa no too baabi, na wɔn koma san kɔɔ Egypt,+ 40 na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: ‘Yɛ anyame ma yɛn ma wonni yɛn anim. Efisɛ Mose yi a odii yɛn anim fii Egypt asaase so no de, yennim nea ato no.’+ 41 Enti wɔyɛɛ nantwi ba bi wɔ saa nna no mu, na wɔbɔɔ afɔre maa ohoni no, na wofii ase gyee wɔn ani wɔ wɔn nsa ano adwuma no ho.+ 42 Enti Onyankopɔn twee ne ho fii wɔn ho, na ogyaa wɔn ma wɔsom ɔsoro asafo,+ sɛnea wɔakyerɛw wɔ Adiyifo no nhoma mu no. Wɔakyerɛw wɔ mu sɛ: ‘O Israel fi, ɛnyɛ me na mode akyɛde brɛɛ me na mobɔɔ afɔre maa me wɔ sare so mfe 40 no. 43 Mmom, mofaa Molok+ ntamadan ne mo nyame Refan nsoromma no, ahoni a moyɛɛ wɔn sɛ mobɛsom wɔn no. Ɛno nti, metwa mo asu akɔ Babilon akyi noho.’+
44 “Bere a yɛn agyanom nam sare so no, wonyaa adanse ntamadan no. Sɛnea Onyankopɔn de akwankyerɛ maa Mose bere a ɔrekasa akyerɛ no no, ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ te sɛ ɛho nhwɛso a Nyankopɔn de kyerɛɛ no no.+ 45 Yɛn agyanom nsa kaa ntamadan no, na wɔne Yosua de baa amanaman no asaase so,+ aman a Onyankopɔn pam wɔn fii yɛn agyanom anim no.+ Na ɛtenaa ha ara kosii Dawid bere so. 46 Onyankopɔn hyiraa Dawid, na Dawid srɛe sɛ wɔmma onsi tenabea mma Yakob Nyankopɔn no.+ 47 Nanso, Solomon na osii ofi maa no.+ 48 Nso nea ɛwom ne sɛ, Ɔsorosoroni no nte afi a nnipa de wɔn nsa asi mu,+ sɛnea odiyifo no kae no. Ɔkae sɛ: 49 ‘Ɔsoro yɛ m’ahengua,+ na asaase yɛ me nan ntiaso.+ Ofi bɛn na mubesi ama me? Yehowa* na ose. Anaa homebea bɛn na mode bɛma me? 50 Ɛnyɛ me ara me nsa na ayɛ nneɛma yi nyinaa?’+
51 “Nnipa a moasen mo kɔn* a mo koma ne mo aso awu,* daa moko tia honhom kronkron no. Sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ.+ 52 Adiyifo no mu hena na mo agyanom antan n’ani?+ Yiw, wɔn a wɔkaa ɔtreneeni a ɔreba no ho asɛm too hɔ no, mo agyanom kunkum wɔn.+ Saa ɔtreneeni no na nnansa yi ara mo nso muyii no mae, na mukum no no,+ 53 mo a munyaa Mmara no sɛnea abɔfo de mae+ nanso moanni so no.”
54 Bere a wɔtee saa nsɛm no, ɛwowɔɔ wɔn komam, na wɔn bo fuw no denneennen.* 55 Nanso ɔno de, na honhom kronkron ayɛ no ma. Enti ɔhwɛɛ soro dinn, na ohuu Onyankopɔn anuonyam, na ohuu Yesu nso sɛ ogyina Onyankopɔn nsa nifa.+ 56 Ɛnna ɔkae sɛ: “Hwɛ! Mihu sɛ ɔsoro abue, na onipa Ba no+ gyina Onyankopɔn nsa nifa.”+ 57 Bere a ɔkaa saa no, wɔde nne kɛse teɛteɛɛm, na wɔde wɔn nsa sisiw wɔn aso, na wɔn nyinaa gyee bum kɔɔ no so. 58 Ɛnna wɔde no fii kurow no mu kɔɔ kurow no akyi, na wofii ase siw no abo.+ Na adansefo no+ de wɔn ntaade nguguso guu aberante bi a wɔfrɛ no Saul+ nan ase. 59 Bere a wogu so resiw Stefano abo no, ɔsrɛe sɛ: “Awurade Yesu, mede me nkwa* hyɛ wo nsa.” 60 Afei obuu nkotodwe, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Yehowa,* ntwe wɔn aso wɔ bɔne yi ho.”+ Bere a ɔkaa saa no, owui.*
8 Saul nso penee kum a na wɔrekum no no so.+
Efi saa da no, nkurɔfo tan asafo a ɛwɔ Yerusalem no ani denneennen. Na wɔn nyinaa bɔ hwetee Yudea ne Samaria nsaase nyinaa so ma ɛkaa asomafo no nko ara.+ 2 Ɛnna mmarima bi a wɔmfa wɔn som nni agoru faa Stefano kosiee no, na wosuu no pii. 3 Na Saul fii ase tuu n’ani sii asafo no so. Owurawuraa afi mu kɔtwee mmarima ne mmea nyinaa, na ɔma wɔde wɔn koguu afiase.+
4 Nanso wɔn a wɔbɔ hwetee no kyinii asaase no so kaa Onyankopɔn asɛm no ho asɛmpa.+ 5 Na Filipo kɔɔ Samaria+ kurow no* mu, na ofii ase kaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn. 6 Na nnipadɔm no de koma koro tiee nsɛm a Filipo kae no. Na wɔyɛɛ aso maa no, na wɔhwɛɛ nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no. 7 Ná nnipa pii wɔ ahonhom fĩ, na ahonhom no de nne kɛse teɛteɛɛm, na wopue fii wɔn mu.+ Bio nso, mmubuafo ne mpakye pii nyaa ayaresa. 8 Enti anigye kɛse baa kurow no mu.
9 Saa bere no, na ɔbarima bi wɔ kurow no mu a wɔfrɛ no Simon. Ná oyi nkonyaa ma Samaria man no ho dwiriw wɔn, na na ɔka sɛ ɔyɛ onipa kɛse. 10 Ná wɔn nyinaa tie no, efi akumaa so kosi ɔkɛse so, na na wɔka sɛ: “Ɔbarima yi ne Onyankopɔn Tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛse no.” 11 Ná wotie no, efisɛ na ɔde ne nkonyaayi no ama wɔn ho adwiriw wɔn akyɛ. 12 Na bere a wogyee Filipo a ɔreka Onyankopɔn Ahenni+ ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no dii no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu, mmarima ne mmea nyinaa.+ 13 Simon ankasa nso bɛyɛɛ gyidini, na bere a wɔbɔɔ no asu wiei no, ɔde ne ho bɔɔ Filipo;+ na nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse a na ɛrekɔ so a ohui no maa ne ho dwiriw no.
14 Bere a asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ nnipa a ɛwɔ Samaria no agye Onyankopɔn asɛm no,+ wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn, 15 na Petro ne Yohane sian kɔɔ hɔ kɔbɔɔ mpae maa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya honhom kronkron,+ 16 efisɛ Awurade Yesu din mu nko ara na na wɔabɔ wɔn asu, na honhom kronkron no de, na ennya mmaa wɔn mu biara so.+ 17 Ɛnna wɔde wɔn nsa guu wɔn so,+ na wofii ase nyaa honhom kronkron.
18 Bere a Simon hui sɛ asomafo no nsa a wɔde gu obi so na ɛma onya honhom no, ɔyɛe sɛ ɔrema wɔn sika, 19 na ɔkae sɛ: “Momma me tumi yi bi, na obiara a mede me nsa begu no so no anya honhom kronkron.” 20 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne wo dwetɛ nyinaa nsɛe,* efisɛ ɛyɛ wo sɛ wubetumi de sika atɔ Onyankopɔn dom akyɛde.+ 21 Wunni kyɛfa biara wɔ asɛm yi mu, na wonka ho, efisɛ wo koma nteɛ wɔ Onyankopɔn anim. 22 Enti sakra w’adwene wɔ saa bɔne a woayɛ yi ho, na srɛ Yehowa* sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔmfa bɔne a woasusuw wɔ wo koma mu no nkyɛ wo; 23 na mahu sɛ woyɛ awuduru a ɛyɛ nwene,* na woyɛ bɔne akoa.” 24 Ɛnna Simon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsrɛ Yehowa* mma me, na nea moaka yi mu biara amma me so.”
25 Enti bere a wodii adanse frenkyemm na wɔkaa Yehowa* asɛm no, wɔsan de wɔn ani kyerɛɛ Yerusalem. Bere a wɔrekɔ no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafo nkuraa bebree ase.+
26 Ɛnna Yehowa* bɔfo+ ka kyerɛɛ Filipo sɛ: “Sɔre na kɔ anaafo, ɔkwan a esian fi Yerusalem kɔ Gasa no so.” (Eyi yɛ ɔkwan a ɛda sare so.) 27 Ɛnna ɔsɔre kɔe, na hwɛ! Etiopiani bi a ɔyɛ ahemfi panyin* ni. Ná ɔyɛ otumfo a ɔhyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake ase, na ɔno na na ɔhwɛ ne sika nyinaa so. Ná wakɔ Yerusalem akɔsom,+ 28 na na ɔte ne teaseɛnam mu resan akɔ. Ná ɔrekenkan odiyifo Yesaia nhoma no den. 29 Enti honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: “Kɔ hɔ, na bɛn teaseɛnam yi ho.” 30 Filipo tuu mmirika kɔɔ ho, na ɔtee sɛ ɔrekenkan odiyifo Yesaia nhoma no den. Ɛnna obisaa no sɛ: “Wote nea worekenkan no ase?” 31 Ɔkae sɛ: “Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate ase?” Enti ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn. 32 Kyerɛwnsɛm mu asɛm a na ɔrekenkan no ni: “Wɔde no kɔe te sɛ oguan a wɔrekokum no, na sɛnea oguan ba a wɔretwitwa ne nwi yɛ komm no, saa ara na ɔno nso ammue n’ano.+ 33 Bere a wɔbrɛɛ no ase no, wɔammu atɛntrenee amma no.+ Hena na ɔbɛkyerɛ n’awo ntoatoaso?* Efisɛ wotwaa no* fii asaase so.”+
34 Ɛnna ahemfi panyin* no bisaa Filipo sɛ: “Mesrɛ wo, hena na odiyifo no reka ne ho asɛm yi? N’ankasa anaa onipa foforo bi?” 35 Filipo fii ase kasae, na ɔde kyerɛwsɛm a na ahemfi panyin* no rekenkan no fii ase kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ no. 36 Bere a wɔnam kwan so rekɔ no, wokoduu nsu bi ho, na ahemfi panyin* no kae sɛ: “Hwɛ! Nsu na ɛda hɔ yi. Dɛn na esiw me kwan sɛ mɛbɔ asu?” 37 *—— 38 Ɛnna ɔmaa teaseɛnam no gyinae, na Filipo ne ahemfi panyin* no nyinaa sian kɔɔ nsu no mu, na ɔbɔɔ no asu. 39 Bere a wofii nsu no mu puei no, ntɛm ara na Yehowa* honhom de Filipo kɔe, na ahemfi panyin* no anhu no bio, na ɔde anigye kɛse toaa so kɔɔ ne kwan. 40 Na Filipo kopuee Asdod, na ɔkɔfaa asaase no so toaa so kaa asɛmpa no wɔ nkurow no nyinaa mu kosii sɛ oduu Kaesarea.+
9 Ná Saul da so ara rehunahuna Awurade asuafo no, na na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn.+ Enti ɔkɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn, 2 na ɔkɔkae sɛ ɔmma no nkrataa nkɔ Damasko hyia adan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akyere* obiara a obehu sɛ ɔnam Ɔkwan No+ so, mmarima oo, mmea oo, na ɔde wɔn aba Yerusalem.
3 Bere a ɔrekɔ a ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ, hann bi fi soro hyerɛn twaa ne ho hyiae,+ 4 na otwa hwee fam, na ɔtee sɛ nne bi rebisa no sɛ: “Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani?” 5 Na Saul bisae sɛ: “Ɛyɛ wo hena, Owura?” Ɛnna ɛnne no kae sɛ: “Ɛyɛ me Yesu+ a woretan m’ani no.+ 6 Sɔre na kɔ kurow no mu, na wɔbɛka nea ɛsɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.” 7 Saa bere no, na mmarima a wɔne no rekɔ no gyinagyina hɔ a wontumi nkasa. Ná wɔte paa sɛ nne bi rekasa, nanso na wonhu obiara.+ 8 Na Saul sɔre fii fam. Ná n’ani gu so, nanso na onhu hwee. Enti wosusoo ne nsa, na wɔde no kɔɔ Damasko. 9 Na wanhu hwee nnansa;+ wannidi, na wannom biribiara nso.
10 Ná osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania.+ Awurade frɛɛ no anisoadehu mu sɛ: “Anania!” Ɛnna ogyee so sɛ: “Awurade, mini.” 11 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, kɔ borɔn a wɔfrɛ no Tẽẽ no so, na kɔ Yuda fi kɔhwehwɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saul, a ofi Tarso no.+ Na hwɛ! ɔrebɔ mpae, 12 na wahu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania wɔ anisoadehu mu sɛ waba de ne nsa abegu no so sɛnea ɛbɛyɛ a obehu ade.”+ 13 Nanso Anania buae sɛ: “Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm afi nnipa pii hɔ. Mate sɛ ɔde bɔne bebree adi w’akronkronfo a wɔwɔ Yerusalem no. 14 Seesei wanya tumi afi asɔfo mpanyin no nkyɛn sɛ ɔnkyere* wɔn a wɔbɔ wo din no nyinaa.”+ 15 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ! efisɛ ɔbarima yi yɛ anwenne a wɔayi ama me+ sɛ ɔmfa me din nkɔ amanaman+ ne ahemfo+ ne Israel mma nkyɛn. 16 Na mɛkyerɛ no amanehunu bebree a me din nti ɛsɛ sɛ ɛto no no pefee.”+
17 Enti Anania kɔe, na owuraa ofie hɔ, na ɔde ne nsa guu no so kae sɛ: “Me nua Saul, Awurade Yesu a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo bere a na wonam kwan so reba no, ɔno na wasoma me, sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu ade na honhom kronkron ahyɛ wo ma.”+ 18 Prɛko pɛ na biribi* fii n’ani so guu fam, na ohuu ade. Afei ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu, 19 na odidii, na onyaa ahoɔden.
Na odii nna kakra wɔ asuafo a wɔwɔ Damasko no nkyɛn,+ 20 na ntɛm ara na ofii ase kaa Yesu ho asɛm wɔ hyia adan mu sɛ, ɔno ne Onyankopɔn Ba no. 21 Nanso ɛyɛɛ wɔn a wɔretie no no nyinaa nwonwa, na wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na ɔteetee wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem no?+ Ba a waba ha yi, ɛnyɛ ne botae ara ne sɛ ɔrebɛkyere wɔn na ɔde wɔn akɔma* asɔfo mpanyin no anaa?”+ 22 Na Saul kɔɔ so nyaa ahoɔden pii,* na ɔmaa Yudafo a ɛwɔ Damasko no ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkyerɛkyerɛe maa emu daa hɔ sɛ Yesu ne Kristo no.+
23 Na nna pii akyi no, Yudafo no hyia bɔɔ pɔw sɛ wobekum Saul.+ 24 Nanso Saul hui sɛ wɔabɔ ne ho pɔw. Bio nso, na wɔtetɛw no apon no ano awia ne anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya no akum no. 25 Enti n’asuafo no faa no anadwo de no sii kɛntɛn mu, na wɔde no faa tokuru bi a ɛda ɔfasu no mu gyaagyaa no nkakrankakra sii fam.+
26 Bere a oduu Yerusalem no,+ ɔyɛe sɛ ɔde ne ho bɛbɔ asuafo no, nanso na wɔn nyinaa suro no, efisɛ na wonnye nni sɛ ɔyɛ osuani. 27 Enti Barnaba+ boaa no, na ɔde no kɔɔ asomafo no nkyɛn. Na Saul kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ asomafo no sɛ, ohuu Awurade+ wɔ kwan so, na ɔne no kasae. Afei ɔkaa sɛnea ɔde akokoduru kasae wɔ Yesu din mu wɔ Damasko no ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn.+ 28 Enti ɔne wɔn tenae, na odii akɔneaba wɔ Yerusalem, na ɔde akokoduru kasae Awurade din mu. 29 Na ɔne Yudafo a wɔka Greek kasa no kasae, na wogyee akyinnye. Enti wɔyɛe sɛ wobekum no.+ 30 Bere a anuanom no huu eyi no, wɔde no baa* Kaesarea, na wogyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.+
31 Na asafo a ɛwɔ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa+ nyaa asomdwoe, na wɔyɛɛ den; na bere a asafo no de Yehowa* suro ne honhom kronkron no+ awerɛkyekye nantewee no, wɔkɔɔ so yɛɛ bebree.
32 Bere a Petro rekyinkyin mantam no mu nyinaa no, ɔkɔɔ* akronkronfo a wɔte Lida no nso nkyɛn.+ 33 Ɛhɔ na ohuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Enea. Ná wada ayaya wɔ ne mpa so mfe awotwe, efisɛ na wabubu. 34 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Enea, Yesu Kristo asa wo yare.+ Sɔre na tow wo mpa.” Ɛhɔ ara na ɔsɔree.+ 35 Bere a wɔn a wɔtete Lida ne Saron Asaasetraa so nyinaa huu Enea no, wɔdan baa Awurade nkyɛn.
36 Ná osuani bi wɔ Yopa a ne din de Tabita, a sɛ wɔkyerɛ ase a, ɛkyerɛ “Dorka.”* Ná nnwuma pa ayɛ no ma, na na ɔyɛ nkurɔfo adɔe bebree. 37 Na nna no mu no, ɔyaree, na owui. Enti woguaree no, na wɔde no kɔtoo abansoro dan bi mu. 38 Esiane sɛ na Lida kurow no bɛn Yopa nti, bere a asuafo no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, yɛ ntɛm bra; ntwentwɛn wo nan ase.” 39 Enti Petro sɔree, na ɔne wɔn kɔe. Bere a oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Na akunafo no nyinaa de su baa ne nkyɛn, na wɔde ntaade ne ntama a Dorka yɛe bere a ɔte ase no bebree bɛkyerɛe. 40 Ɛnna Petro maa obiara pue kɔɔ abɔnten,+ na obuu nkotodwe bɔɔ mpae. Afei ɔdan ne ho hwɛɛ amu no, na ɔkae sɛ: “Tabita, sɔre!” Ɛnna obuee n’ani, na bere a ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.+ 41 Na Petro teɛɛ ne nsa, na osoo ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei ɔfrɛɛ akronkronfo ne akunafo no, na ɔde Dorka maa wɔn, na wohui sɛ ɔte ase.+ 42 Na asɛm yi trɛwee wɔ Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii.+ 43 Na Petro tenaa Yopa dii nna kakra wɔ Simon nkyɛn.+ Saa Simon yi, na ɔyɛ mmoa nhoma ho adwuma.*
10 Ná ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio. Ná ɔyɛ ɔsraani panyin* wɔ nea wɔfrɛ no Italy asraafodɔm* no mu. 2 Ná ɔyɛ ɔbarima a ɔmfa ne som nni agoru, na na ɔne ne fifo nyinaa suro Onyankopɔn. Ɔyɛɛ nkurɔfo adɔe pii, na na ɔde nkotosrɛ kɔ Onyankopɔn anim daa. 3 Bɛyɛ dɔn a ɛto so akron*+ no, ohuu pefee wɔ anisoadehu mu sɛ Onyankopɔn bɔfo bi aba ne nkyɛn. Ɛnna ɔbɔfo no kae sɛ: “Kornelio!” 4 Kornelio hwɛɛ no dinn, na ehu kaa no ma obisae sɛ: “Me wura, ɛyɛ asɛm bɛn?” Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mpaebɔ ne w’adɔe adu Onyankopɔn anim,+ na ɔkae ne nyinaa. 5 Enti soma mmarima ma wɔnkɔ Yopa, na wɔnkɔfrɛ Simon a wɔfrɛ no Petro no mmra. 6 Saa ɔbarima yi akɔsoɛ obi a ne din de Simon. Ne fi wɔ mpoano, na ɔyɛ mmoa nhoma ho adwuma.”* 7 Bere a ɔbɔfo a ɔne Kornelio kasae no kɔe ara pɛ, Kornelio hwɛɛ n’asomfo mu frɛɛ ne nkoa baanu ne ɔsraani bi a osuro Onyankopɔn, 8 na ɔkaa biribiara kyerɛɛ wɔn, na ɔsomaa wɔn kɔɔ Yopa.
9 Bere a ade kyee a wɔnam ɔkwan so rekɔ na wɔreyɛ adu kurow no mu no, Petro kɔɔ ɔdan no atifi kɔbɔɔ mpae. Saa bere no, na ɛbɛyɛ dɔn a ɛto so asia.* 10 Afei ɔkɔm dee no paa, na na ɔpɛ sɛ odidi. Bere a wogu so reyɛ aduan no, onyaa anisoadehu bi.+ 11 Ohui sɛ ɔsoro abue, na biribi* resian te sɛ ntama kɛse bi a wokurakura anoano anan no regyaagyaa mu aba asaase so. 12 Ná mmoa nyinaa bi wom: Mmoa a wɔn nan yɛ anan, awɔ ne nketew,* ne ewim nnomaa. 13 Ɛnna nne bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Petro, sɔre, kum bi na di!” 14 Nanso Petro kae sɛ: “Daabi, Awurade, efisɛ minnii biribiara a ɛho agu fĩ na ɛho ntew biara da.”+ 15 Na nne no ka kyerɛɛ no ne mprenu so sɛ: “Nneɛma a Onyankopɔn atew ho no, nka sɛ ɛho agu fĩ.” 16 Ɛnne no bae ne mprɛnsa so, na ntɛm ara na wɔfaa ade* no kɔɔ soro.
17 Na Petro yɛɛ basaa, na na ɔnte anisoadehu no ase. Saa bere no, na mmarima a Kornelio somaa wɔn no abisabisa Simon fi kwan, enti na wɔabegyina ɔpon no ano.+ 18 Na wɔteɛɛm bisae sɛ ebia Simon a wɔfrɛ no Petro no abɛsoɛ hɔ anaa. 19 Bere a Petro gu so redwinnwen anisoadehu no ho no, honhom no+ kae sɛ: “Hwɛ! Mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. 20 Enti sɔre, si fam na wo ne wɔn nkɔ, mma w’adwene mu nnyɛ wo naa koraa, efisɛ me na mesomaa wɔn.” 21 Ɛnna Petro sii fam kɔɔ mmarima no nkyɛn kɔkae sɛ: “Hwɛ! mene nea morehwehwɛ no no. Dɛn na ɛma mobaa ha?” 22 Wɔkae sɛ: “Ɔbɔfo kronkron bi de Onyankopɔn akwankyerɛ maa ɔsraani panyin Kornelio,+ ɔtreneeni a osuro Onyankopɔn na Yuda man nyinaa bɔ no din pa no, sɛ ɔnsoma mmɛfa wo mmra ne fi, na ontie nea wowɔ ka.” 23 Enti ɔde wɔn baa mu, na ɔsom wɔn hɔho.
Ade kyee no, ɔsɔre ne wɔn kɔe. Na anuanom a wofi Yopa no bi ne no kɔe. 24 Da a edi hɔ no, oduu Kaesarea. Ná Kornelio nso afrɛfrɛ n’abusuafo ne ne nnamfo paa abehyia retwɛn wɔn. 25 Bere a Petro reyɛ adu hɔ no, Kornelio kohyiaa no, na obuu nkotodwe kotow no. 26 Nanso Petro maa no so kae sɛ: “Sɔre; me nso meyɛ onipa te sɛ wo ara.”+ 27 Bere a ɔne no rebɔ nkɔmmɔ no, owuraa fie hɔ, na ohui sɛ nnipa bebree ahyiam. 28 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara munim paa sɛ mmara mma kwan sɛ Yudani ne ɔman foforo muni bɛbɔ anaasɛ ɔbɛbɛn no.+ Nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka kyerɛ onipa biara sɛ ne ho agu fĩ anaa ne ho ntew.+ 29 Ne saa nti, bere a wɔsoma bɛfrɛɛ me no, mampopo me ti koraa na mebae. Enti merebisa wo: Adɛn nti na wosoma bɛfrɛɛ me?”
30 Ɛnna Kornelio kae sɛ: “Nnanan ni, bɛyɛ saa bere yi ara, na merebɔ mpae wɔ dɔn a ɛto so akron* no mu wɔ me fi. Ɛnna ɔbarima bi a ɔhyɛ ataade hyɛnhyɛn begyinaa m’anim. 31 Na ɔkae sɛ: ‘Kornelio, Onyankopɔn atie wo mpaebɔ, na ɔkae w’adɔe. 32 Enti soma kɔ Yopa kɔfrɛ Simon a wɔfrɛ no Petro no. Saa ɔbarima yi akɔsoɛ obi a ne din de Simon. Ne fi wɔ mpoano, na ɔyɛ mmoa nhoma ho adwuma.’*+ 33 Enti ntɛm ara na mesoma baa wo nkyɛn, ɛnna wo nso woatie no aso pa mu aba ha yi. Enti seesei, yɛn nyinaa ahyiam Onyankopɔn anim sɛ yɛrebetie nea Yehowa* aka akyerɛ wo sɛ bɛka no nyinaa.”
34 Ɛnna Petro fii ase kasae. Ɔkae sɛ: “Afei na mahu paa sɛ Onyankopɔn nyiyi nnipa mu,+ 35 na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.+ 36 Onyankopɔn de n’asɛm kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwoe+ a ɛnam Yesu Kristo so no ho asɛmpa kyerɛɛ wɔn. Asɛmpa no ne sɛ, Yesu ne nnipa nyinaa Awurade.+ 37 Munim nea wɔkaa ho asɛm wɔ Yudea nyinaa no, asɛm a efii ase wɔ Galilea+ bere a Yohane kaa asubɔ ho asɛm wiei no. 38 Asɛm no fa Yesu a ofi Nasaret no ho. Ɛne sɛ, Onyankopɔn de honhom kronkron+ ne tumi sraa no, na okyinkyin asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam ahyɛ wɔn so nyinaa yare,+ efisɛ na Onyankopɔn ka ne ho.+ 39 Na nneɛma a ɔyɛe wɔ Yudafo nkurow mu ne Yerusalem nyinaa, yedi ho adanse; nanso wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no. 40 Oyi na da a ɛto so abiɛsa no,+ Onyankopɔn nyan no, na ɔma oyii ne ho adi kyerɛɛ nnipa. 41 Ɛnyɛ nnipa nyinaa na oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na mmom oyii ne ho adi kyerɛɛ adansefo a Onyankopɔn adi kan ayi wɔn, kyerɛ sɛ, yɛn a yɛne no didi nomee wɔ ne wusɔre akyi no.+ 42 Afei nso, ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ dawuru, na yenni adanse frenkyemm+ nkyerɛ ɔman no sɛ, oyi na Onyankopɔn ahyɛ sɛ ommu ateasefo ne awufo atɛn.+ 43 Ɔno na adiyifo no nyinaa di ne ho adanse+ sɛ, obiara a ogye no di no, ɔnam ne din so benya bɔnefakyɛ.”+
44 Bere a Petro gu so reka nsɛm yi no, honhom kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so.+ 45 Na gyidifo* a wɔatwa wɔn twetia* a wɔne Petro bae no ho dwiriw wɔn, efisɛ wohwiee honhom kronkron dom akyɛde a wɔde ma kwa no guu amanaman mufo nso so. 46 Na wɔtee sɛ wɔreka kasa horow,* na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.+ Ɛnna Petro kae sɛ: 47 “Eyinom anya honhom kronkron sɛ yɛn ara, enti hena na obetumi asiw wɔn kwan sɛ yɛmmfa nsu mmmɔ wɔn asu?”+ 48 Ɛnna ɔkae sɛ wɔmmɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu.+ Afei wɔsrɛɛ no sɛ onni nna kakra wɔ hɔ.
11 Na asomafo no ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufo nso agye Onyankopɔn asɛm no. 2 Enti bere a Petro foro baa Yerusalem no, wɔn a wɔka sɛ nkurɔfo ntwa twetia*+ no fii ase kasa tiaa no.* 3 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woakɔ nnipa a wontwaa wɔn twetia* fi ne wɔn akodidi.” 4 Ɛnna Petro fii ase kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn. Ɔkae sɛ:
5 “Ná mewɔ Yopa kurow mu rebɔ mpae, ɛnna minyaa anisoadehu bi. Mihui sɛ biribi* resian fi soro te sɛ ntama* kɛse bi a wokurakura anoano anan regyaagyaa mu fi soro, na ɛbaa me nkyɛn.+ 6 Bere a mehwɛɛ mu yiye no, mihuu asaase so mmoa a wɔn nan yɛ anan ne nkekaboa ne awɔ ne nketew* ne ewim nnomaa. 7 Metee nso sɛ ɛnne bi reka akyerɛ me sɛ: ‘Petro, sɔre, kum bi na di!’ 8 Ɛnna mekae sɛ: ‘Daabida, Awurade, efisɛ biribi a ɛho agu fĩ anaa ɛho ntew biara nkɔɔ m’anom da.’ 9 Ɛnne a efi soro no kae ne mprenu so sɛ: ‘Nneɛma a Onyankopɔn atew ho no, nka sɛ ɛho agu fĩ.’ 10 Eyi kɔɔ so mprɛnsa, na wɔtwee biribiara san kɔɔ ɔsoro. 11 Afei nso, saa bere no ara, mmarima baasa begyinaa ofi a yɛte mu no ano. Ná wɔasoma wɔn fi Kaesarea sɛ wɔmmra me nkyɛn.+ 12 Ɛnna honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na memmma m’adwenem nnyɛ me naa koraa. Na anuanom baasia yi nso ne me kɔe, na yewuraa ɔbarima no fi.
13 “Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ohuu ɔbɔfo sɛ ogyina ne fi reka sɛ: ‘Soma mmarima ma wɔnkɔ Yopa, na wɔnkɔfrɛ Simon a wɔfrɛ no Petro no mmra,+ 14 na ɔbɛkyerɛ wo nea wo ne wo fifo nyinaa yɛ a, mubenya nkwa.’ 15 Na bere a mifii ase sɛ merekasa no, honhom kronkron baa wɔn so sɛnea yɛn nso, ɛbaa yɛn so mfiase no.+ 16 Ɛnna mekaee asɛm a na Awurade taa ka no. Ná ɔka sɛ: ‘Yohane de, nsu na ɔde bɔɔ asu,+ na mo de, wɔde honhom kronkron bɛbɔ mo asu.’+ 17 Enti, akyɛde a Onyankopɔn de ma kwa a ɔde maa yɛn a yɛagye Awurade Yesu Kristo adi no, sɛ ɔde akyɛde koro no ara bi ama wɔn a, mene hena a metumi asiw Onyankopɔn kwan?”+
18 Bere a wɔtee eyinom no, wɔne no antwe bio,* na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Wɔkae sɛ: “Ɛnde na Onyankopɔn abue kwan ama amanaman mufo nso sɛ wɔnsakra wɔn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkwa.”+
19 Na asuafo a amanehunu a ɛbae wɔ Stefano wu akyi nti wɔbɔ hwetee no,+ wɔkɔe ara kɔfaa Foinike ne Kipro ne Antiokia. Nanso Yudafo nko ara na wɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.+ 20 Nso wɔn mu bi a wofi Kipro ne Kirene baa Antiokia, na wofii ase ne wɔn a wɔka Greek kasa no kasae, na wɔkaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ wɔn. 21 Bio nso, na Yehowa* nsa ka wɔn ho, na nnipa pii bɛyɛɛ gyidifo, na wɔdan baa Awurade nkyɛn.+
22 Na asafo a ɛwɔ Yerusalem no tee wɔn ho asɛm, na wɔsomaa Barnaba+ ma ɔkɔe ara koduu Antiokia. 23 Bere a oduu hɔ a ohuu Onyankopɔn adom no, odii ahurusi, na ofii ase hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ so mfi wɔn koma nyinaa mu ntie Awurade.*+ 24 Ná Barnaba yɛ onipa pa, na na honhom kronkron ne gyidi ayɛ no ma. Ɛno nti, nnipadɔm bebree begyee Awurade dii.*+ 25 Enti ɔkɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saul denneennen.+ 26 Bere a ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔde afe mua ne wɔn hyiaam wɔ asafo no mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nnipadɔm pii. Na Antiokia na wɔnam Onyankopɔn akwankyerɛ so dii kan frɛɛ asuafo no* Kristofo.+
27 Saa nna no mu no, adiyifo+ bi fi* Yerusalem baa Antiokia. 28 Ɛnna adiyifo no baako a wɔfrɛ no Agabo+ sɔree, na ɔnam honhom no so hyɛɛ nkɔm sɛ ɔkɔm kɛse bi reba asaase nyinaa so.+ Na ampa ara, ɛbaa mu wɔ Klaudio bere so. 29 Enti asuafo no yɛɛ adwene sɛ, nea obiara betumi biara,+ ɔde bɛba ama wɔde akɔboa*+ anuanom a wɔwɔ Yudea no. 30 Enti wɔyɛɛ saa, na wɔde somaa Barnaba ne Saul+ ma wɔde* kɔmaa mpanyimfo no.
12 Saa bere no ara mu no, Ɔhene Herode fii ase yɛɛ asafo no mufo bi ayayade.+ 2 Ɔde sekan+ kum Yohane nua Yakobo.+ 3 Bere a ohui sɛ Yudafo no ani agye nea ɔyɛe no ho no, ɔkɔkyeree Petro nso. (Ná ɛyɛ bere a wodi Paanoo a Mmɔkaw* Nnim.)+ 4 Bere a ɔkyeree no no, ɔde no too afiase,+ na ɔmaa asraafo akuw anan wɛn no. Ná asraafo baanan na ɛwɔ kuw biara mu, na wɔwɛn no nnidiso nnidiso. Herode yɛɛ n’adwene sɛ Twam no akyi no, obeyi no apue na ɔde no abegyina ɔman no anim.* 5 Enti, na Petro da afiase, na na asafo no rebɔ Onyankopɔn mpae denneennen ma no.+
6 Anadwo a ade rebɛkye ama Herode ayi Petro apue no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agu no. Ná awɛmfo wɔ ɔpon no ano rebɔ afiase no ho ban. 7 Na hwɛ! Yehowa* bɔfo begyinaa hɔ,+ na hann bi hyerɛnee afiase dan no mu. Na ɔbɔfo no prɛw Petro nkyɛnmu nyan no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre ntɛm!” Na nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa guu fam.+ 8 Ɛnna ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Siesie wo ho* na hyɛ wo mpaboa.” Na ɔyɛɛ saa. Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa w’ataade nguguso hyɛ na di m’akyi.” 9 Na opuei, na odii n’akyi. Nso na onnim sɛ nea ɔbɔfo no reyɛ no yɛ biribi a ɛresi paa. Nokwarem no, na n’adwene yɛ no sɛ ɔrenya anisoadehu. 10 Wotwaam wɔ baabi a edi kan ne baabi a ɛto so abien a awɛmfo gyinagyina no. Afei, wokoduu dade pon a ɛkɔ kurow no mu no ano, na ɔpon no ara bue maa wɔn. Bere a wopuei no, wosii kwantempɔn bi so nantew kakra,* na ɛhɔ ara na ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe. 11 Bere a Petro ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: “Afei na mahu ampa sɛ Yehowa* na ɔsomaa ne bɔfo sɛ ommegye me mfi Herode nsam, na onyi me mfi biribiara a na Yudafo no pɛ sɛ ɛto me no mu.”+
12 Ohuu eyi no, ɔkɔɔ Yohane a wɔfrɛ no Marko+ no maame Maria fi, na na nnipa dodow bi ahyiam wɔ hɔ rebɔ mpae. 13 Bere a ɔbɔɔ abɔnten pon no mu no, abaawa bi a wɔfrɛ no Roda bae. 14 Bere a ɔtee Petro nne no, n’ani gyei ara ma enti wammue pon no mpo. Mmom otuu mmirika kɔɔ mu, na ɔkɔbɔɔ amanneɛ sɛ Petro gyina abɔnten pon no ano. 15 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Gyama worebɔ dam.” Nanso ɔkɔɔ so ara kae sɛ ɛte saa. Ɛnna wofii ase kae sɛ: “Ɛyɛ ne bɔfo.” 16 Ne nyinaa, na Petro da so ara gyina hɔ rebom. Bere a wobuee pon no, wohuu no, na wɔn ho dwiriw wɔn. 17 Na ɔde ne nsa yɛɛ biribi kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ komm. Afei ɔkaa sɛnea Yehowa* yii no fii afiase no ho asɛm nyinaa kyerɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: “Monkɔka eyinom ho asɛm nkyerɛ Yakobo+ ne anuanom no.” Ɛnna opuei, na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo.
18 Bere a ade kyee no, na asraafo no nhu baabi a Petro afa. Enti wɔn ho yeraw wɔn papaapa. 19 Na Herode hwehwɛɛ no denneennen, na bere a wanhu no no, obisabisaa awɛmfo no nea esii. Afei ɔhyɛe sɛ wɔmfa wɔn nkɔ nkɔtwe wɔn aso.+ Na Herode fii Yudea, na ɔkɔɔ* Kaesarea kodii nna kakra wɔ hɔ.
20 Na Herode ani beree Tirofo ne Sidonfo so. Enti wɔyɛɛ baako, ɛnna wɔbaa ne nkyɛn. Na wɔde wɔn asɛm bɛtoo Blasto a ɔhwɛ ɔhene fi so no anim. Na wɔsrɛe sɛ ɔnka bi mma asomdwoe mmra, efisɛ ɔhene no asaase so na na wɔn man nya wɔn aduan. 21 Na da titiriw bi dui, na Herode hyɛɛ ahentaade, na ɔtenaa atemmu agua so. Afei ofii ase kasa kyerɛɛ wɔn. 22 Ɛnna nkurɔfo a wɔahyiam no fii ase teɛteɛɛm sɛ: “Eyi de, ɛyɛ onyame bi nne, na ɛnyɛ onipa nne!” 23 Ɛhɔ ara na Yehowa* bɔfo bɔɔ no, efisɛ wamfa anuonyam no amma Onyankopɔn. Na ɔdɔɔ mmoawa, na owui.
24 Na Yehowa* asɛm kɔɔ so trɛwee,+ na nnipa pii gye dii.
25 Na Barnaba+ ne Saul de, bere a wɔkɔboaa anuanom wɔ Yerusalem wiei no,+ wɔfaa Yohane+ a wɔfrɛ no Marko no kaa wɔn ho san bae.
13 Ná adiyifo ne akyerɛkyerɛfo wɔ Antiokia asafo no mu.+ Wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger no, ne Lukio a ofi Kirene, ne Manaen a wɔtetee ɔne Herode a ɔyɛ ɔmantam sodifo no, ne Saul. 2 Bere a wɔresom Yehowa* na wɔreyɛ akɔnkyen* no, honhom kronkron kae sɛ: “Munyi Barnaba ne Saul mma me,+ na wɔnkɔyɛ adwuma a enti mefrɛɛ wɔn no.”+ 3 Na bere a wɔyɛɛ akɔnkyen na wɔbɔɔ mpae wiei no, wɔde wɔn nsa guu Barnaba ne Saul so, na wogyaa wɔn kwan.
4 Enti saa mmarima a honhom kronkron asoma wɔn yi kɔɔ Seleukia, na wofii hɔ de po so hyɛn kɔɔ Kipro. 5 Bere a woduu Salami no, wofii ase kaa Onyankopɔn asɛm no wɔ Yudafo hyia adan mu. Ná Yohane nso ka wɔn ho reboa wɔn.*+
6 Bere a wɔfaa supɔw no nyinaa so koduu Pafo no, wohyiaa Yudani barima bi a wɔfrɛ no Bar-Yesu. Ná ɔyɛ osumanni ne odiyifo torofo. 7 Ná ɔka ɔmantam soafo* Sergio Paulos a ɔyɛ onyansafo no ho. Sergio Paulos frɛɛ Barnaba ne Saul baa ne nkyɛn, na na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie denneennen. 8 Nanso osumanni Elima (ne din no asekyerɛ ne osumanni) fii ase sɔre tiaa wɔn, na ɔyɛe sɛ ɔbɛdan ɔmantam soafo no afi gyidi no ho. 9 Ɛnna honhom kronkron hyɛɛ Saul a wɔsan frɛ no Paul no ma, na ɔhwɛɛ Elima dinn. 10 Na ɔkae sɛ: “Ɔbarima a nsisi ne bɔne nyinaa ayɛ wo ma, Ɔbonsam ba+ a ɔte sɛ wo, trenee nyinaa tamfo, enti wunnyae sɛ wokyea Yehowa* akwan a ɛteɛ no? 11 Hwɛ! Yehowa* nsa da wo so, na w’ani befura, na worenhu owia hann kosi bere bi.” Prɛko pɛ, n’ani so yɛɛ no kusuu, na baabiara yɛɛ sum maa no. Na okyin hwehwɛɛ obi a obeso ne nsa akyerɛ no kwan. 12 Bere a ɔmantam soafo no huu nea asi no, ɔbɛyɛɛ gyidini, efisɛ Yehowa* nkyerɛkyerɛ no maa ne ho dwiriw no.
13 Na Paul ne wɔn a wɔka ne ho no faa po so fii Pafo, na wokoduu Perga a ɛwɔ Pamfilia. Na Yohane+ de, ogyaw wɔn hɔ san kɔɔ Yerusalem.+ 14 Nanso wɔn de, wofii Perga baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Bere a wɔkɔɔ hyiadan mu+ Homeda no, wɔkɔtenaa ase. 15 Bere a wɔkenkan Mmara+ ne Adiyifo no wɔ baguam wiei no, hyiadan mu mpanyimfo no soma kɔɔ wɔn nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mode bɛhyɛ nnipa yi nkuran a, monka.” 16 Enti Paul sɔree, na ohim ne nsa kae sɛ:
“Mmarima, Israelfo ne mo a musuro Onyankopɔn, muntie. 17 Israel man yi Nyankopɔn paw yɛn agyanom, na ɔmaa wɔn so bere a na wɔyɛ ahɔho wɔ Egypt asaase so no, na ɔde nsa* a wɔama so yii wɔn fii hɔ.+ 18 Na bɛyɛ mfe 40 no, onyaa wɔn ho abotare wɔ sare no so.+ 19 Bere a ɔsɛee aman ason wɔ Kaanan asaase so wiei no, ɔde wɔn asaase maa yɛn agyanom sɛ agyapade.+ 20 Ne nyinaa sii bɛyɛ mfe 450 mu.
“Ɛno akyi no, ɔmaa wɔn atemmufo de besii odiyifo Samuel so.+ 21 Nanso efi hɔ no, wɔkae sɛ ɔmma wɔn ɔhene,+ na Onyankopɔn de Kis ba Saul, ɔbarima a ofi Benyamin abusuakuw+ mu no maa wɔn, na odii wɔn so mfe 40. 22 Bere a otuu no fii ade so no, oyii Dawid maa wɔn sɛ ɔhene,*+ na odii ne ho adanse sɛ: ‘Mahu Yese ba+ Dawid. Ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ nea me koma pɛ.+ Ɔno na ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’ 23 Sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ bɔ no, saa ɔbarima yi aseni* na Onyankopɔn de no ama Israel sɛ agyenkwa; ɔno ne Yesu.+ 24 Ansa na saa nipa no reba no, Yohane ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa wɔ baguam sɛ wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene.+ 25 Bere a Yohane dwumadi reba awiei no, ɔkae sɛ: ‘Mususuw sɛ meyɛ hena? Menyɛ ɔno. Nanso, hwɛ! Obi di m’akyi reba, na memfata sɛ mesan ne nan ase mpaboa.’+
26 “Mmarima, anuanom, Abraham abusua asefo ne wɔn a wɔwɔ mo mu a wosuro Onyankopɔn, yɛn na wɔde nkwagye yi ho asɛm abrɛ yɛn.+ 27 Na wɔn a wɔtete Yerusalem ne wɔn sodifo no anhu no, nanso bere a wɔrebu no atɛn no, wɔmaa nea na Adiyifo no aka+ a wɔkenkan no den homeda biara no baa mu. 28 Wɔanhu hwee wɔ ne ho a enti ɛsɛ sɛ owu,+ nanso wɔka kyerɛɛ Pilato sɛ onkum no.+ 29 Na bere a wɔyɛɛ nea wɔakyerɛw afa ne ho nyinaa wiei no, woyii no fii dua no so, na wɔde no too ɔda mu.+ 30 Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu,+ 31 na wɔn a wɔne no fi Galilea kɔɔ* Yerusalem no huu no nna pii. Wɔn na seesei wodi ne ho adanse kyerɛ nkurɔfo.+
32 “Ɛno nti, ɛbɔ a wɔhyɛɛ yɛn agyanom no, ɛho asɛmpa na yɛreka akyerɛ mo no. 33 Onyankopɔn anyan Yesu+ ama saa bɔhyɛ no aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma no, sɛnea wɔakyerɛw wɔ dwom a ɛto so abien no mu no. Ɛka sɛ: ‘Woyɛ me ba; ɛnnɛ mabɛyɛ w’agya.’+ 34 Nyan a Onyan no fii awufo mu a ɛremma bio sɛ ɔbɛsan akɔ ɔporɔw mu no, Waka ho asɛm saa kwan yi so sɛ: ‘Ɔdɔ a enni huammɔ a mehyɛɛ Dawid bɔ sɛ mɛda no adi akyerɛ no no, ɛno na mɛhwɛ ho ahyira mo; sɛnea ɛte biara, ɛbɛba mu.’*+ 35 Wɔasan aka wɔ dwom foforo mu sɛ: ‘Woremma nea odi nokware ma wo no mporɔw.’*+ 36 Na Dawid de, ɔsom Onyankopɔn wɔ ɔno ara n’awo ntoatoaso mu, na owui,* na wosiee no n’agyanom nkyɛn, na ɔporɔwee.*+ 37 Nanso nea Onyankopɔn nyan no no de, wamporɔw.*+
38 “Enti anuanom, munhu sɛ, oyi na yɛnam no so reka bɔnefakyɛ ho asɛm akyerɛ mo,+ 39 na munhu sɛ, nneɛma a wɔantumi amfa Mose Mmara+ so ammu mo bem wɔ ho no, wɔnam oyi so abu obiara a ogye di no bem wɔ ho.+ 40 Enti monhwɛ yiye na nea wɔaka wɔ Adiyifo no mu no amma mo so. 41 Wɔaka sɛ: ‘Mo animtiaabufo, monhwɛ ma ɛnyɛ mo nwonwa na monyera, efisɛ mereyɛ adwuma bi wɔ mo bere so. Saa adwuma no, sɛ obi ka ho asɛm nyinaa kyerɛ mo mpo a, morennye nni da.’”+
42 Na bere a wɔrefi hɔ akɔ no, nkurɔfo no paa wɔn kyɛw sɛ, Homeda a edi hɔ no, wɔmmɛka nsɛm yi nkyerɛ wɔn bio. 43 Bere a hyiadan no mu nhyiam no baa awiei no, Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo, a wɔsom Onyankopɔn no pii dii Paul ne Barnaba akyi. Na Paul ne Barnaba kasa kyerɛɛ wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so ntena Onyankopɔn adom mu.+
44 Homeda a edi hɔ no, kurow no mufo dodow no ara hyiaam sɛ wɔrebetie Yehowa* asɛm. 45 Bere a Yudafo no huu nnipadɔm no, ahoɔyaw hyɛɛ wɔn ma, na wofii ase kaa abususɛm de bɔɔ nea Paul reka no gui.+ 46 Enti Paul ne Barnaba de akokoduru ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na na ehia sɛ yɛka Onyankopɔn asɛm kyerɛ mo kan.+ Nanso esiane sɛ morepia ato nkyɛn, na mummu mo ho sɛ mofata daa nkwa nti, hwɛ! yɛredan akɔ amanaman no nkyɛn.+ 47 Efisɛ Yehowa* aka asɛm yi akyerɛ yɛn sɛ: ‘Mayi wo sɛ amanaman no hann, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nkwagye de akodu asaase ano.’”+
48 Bere a amanaman mufo no tee eyi no, wofii ase dii ahurusi na wɔhyɛɛ Yehowa* asɛm anuonyam, na wɔn a wɔwɔ koma pa a ebetumi ama wɔanya daa nkwa no nyinaa dan gyidifo. 49 Bio nso, wɔkɔɔ so kaa Yehowa* asɛm no wɔ asaase no nyinaa so. 50 Nanso Yudafo no tutu guu mmea a wɔwɔ din a wosuro Onyankopɔn no asom, na wotutu guu kurow no mu atitiriw no nso asom,+ na wɔtan Paul ne Barnaba ani, na wɔpam wɔn fii wɔn asaase so. 51 Enti wɔporoporow wɔn nan ase mfuturu guu wɔn so, na wɔkɔɔ Ikoniom.+ 52 Na anigye+ ne honhom kronkron kɔɔ so hyɛɛ asuafo no ma.
14 Bere a woduu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu, na sɛnea wɔkasae no maa Yudafo ne Greecefo dɔm kɛse bi bɛyɛɛ gyidifo. 2 Nanso Yudafo a wɔannye anni no tutu guu amanaman mufo no asom, na wɔsɛee wɔn adwene ma wonyaa anuanom no ho adwemmɔne.+ 3 Enti wɔtenaa hɔ kyɛe, na wɔde Yehowa* tumi kasae akokoduru so. Na Onyankopɔn ma wɔyɛɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade, na ɔnam so dii asɛm a ɛfa n’adom ho no ho adanse.+ 4 Nanso, nnipadɔm a wɔwɔ kurom hɔ no mu kyɛɛ abien. Ebi kɔɔ Yudafo no afã, ɛnna ebinom nso kɔɔ asomafo no afã. 5 Bere a amanaman mufo ne Yudafo ne wɔn sodifo no yɛe sɛ wɔrebedwoodwoo wɔn na wɔasiw wɔn abo no,+ 6 wɔtee ho asɛm. Enti woguan kɔɔ Likaonia nkurow Listra ne Derbe ne nkuraa a atwa ho ahyia no mu.+ 7 Bere a woduu hɔ no, wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no.
8 Ná ɔbarima bi wɔ Listra. Ná ɔyɛ ɔbafan a ɔte fam. Bere a wɔwoo no no, na ɔyɛ obubuafo, na na ɔnnantewee da. 9 Bere a Paul rekasa no, na saa ɔbarima yi retie no. Na Paul hwɛɛ no dinn, na ohui sɛ ɔwɔ gyidi a ebetumi ama wanya ayaresa.+ 10 Enti ɔde nne kɛse kae sɛ: “Sɔre gyina wo nan so.” Ɛnna ɔbarima no huruw gyinaa hɔ, na ofii ase nantewee.+ 11 Bere a nnipadɔm no huu nea Paul ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kaa no Likaonia kasa mu sɛ: “Anyame ayɛ wɔn ho sɛ nnipa asian aba yɛn nkyɛn!”+ 12 Na wofii ase frɛɛ Barnaba Seus, na Paul de, wɔfrɛɛ no Hermes, efisɛ ɔno na na odi anim kasa. 13 Ná Seus asɔredan wɔ kurotia, na ne sɔfo no de anantwi ne nhwiren abotiri* baa kurow no apon ano, na na ɔpɛ sɛ ɔne nnipadɔm no bɔ afɔre.
14 Nanso, bere a ɔsomafo Barnaba ne ɔsomafo Paul tee no, obiara suan n’ataade mu, na wɔde mmirika kɔɔ nnipadɔm no mu, na wɔteɛteɛɛm sɛ: 15 “Mmarima, adɛn nti na moreyɛ eyinom? Yɛn nso, yɛyɛ nnipa a yɛwɔ mmerɛwyɛ te sɛ mo ara.+ Na yɛreka asɛmpa no akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛtwe mo ho afi nneɛma hunu yi ho na moaba Onyankopɔn teasefo no nkyɛn. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa.+ 16 Awo ntoatoaso a atwam no mu no, ɔmaa amanaman no nyinaa kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ.+ 17 Nanso ɔkɔɔ so dii ne ho adanse,*+ efisɛ ɔyɛɛ nneɛma papa. Ɛne sɛ, ɔmaa osu tɔ fii soro maa mo, ɔmaa mo mmere a aduan ba,+ ɔmaa mo aduan di mee, na ɔde anigye hyɛɛ mo koma ma.”+ 18 Nanso ɛno mpo, wɔka brɛe ansa na nnipadɔm no regyae afɔre a na wɔpɛ sɛ wɔbɔ ma wɔn no.
19 Ɛnna Yudafo bi fi Antiokia ne Ikoniom bae bɛsɛee nnipadɔm no adwene.+ Na wosiw Paul abo twee no kɔɔ kurow no akyi, efisɛ na ɛyɛ wɔn sɛ wawu.+ 20 Nanso, bere a asuafo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔree, na ɔkɔɔ kurow no mu. Ade kyee no, ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe.+ 21 Na bere a wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kurom hɔfo wiei a wonyaa asuafo dodow bi no, wɔsan kɔɔ Listra ne Ikoniom ne Antiokia. 22 Wɔhyɛɛ asuafo no den*+ wɔ hɔ, na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena gyidi no mu. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛfa amanehunu bebree mu de kɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+ 23 Bio nso, wɔpaw mpanyimfo maa wɔn wɔ asafo biara mu,+ na wɔbɔɔ mpae yɛɛ akɔnkyen,*+ na wɔde wɔn hyɛɛ Yehowa* a wɔabegye no adi no nsa.
24 Afei wɔkɔfaa Pisidia baa Pamfilia,+ 25 na bere a wɔkaa asɛm no wɔ Perga wiei no, wosian kɔɔ Atalia. 26 Bere a wofii hɔ no, wɔde po so hyɛn kɔɔ Antiokia. Ɛhɔ na bere bi wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa sɛ ɔmfa n’adom mmoa wɔn mma wɔnyɛ adwuma a na wɔde rebɛhyɛ wɔn nsa no. Seesei de, na wɔawie saa adwuma no.+
27 Bere a wɔbae no, wɔfrɛɛ asafo no nyinaa boaa ano. Na wɔkaa nneɛma pii a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ ne sɛnea wabue ɔpon a ɛkɔ gyidi mu ama amanaman no kyerɛɛ wɔn.+ 28 Enti wɔtenaa asuafo no nkyɛn kyɛe.
15 Na nnipa bi fi Yudea sian bae, na wofii ase kyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: “Sɛ moantwa twetia* sɛnea Mose amanne no te a,+ morentumi nnya nkwa.” 2 Na akasakasa ne akyinnyegye a emu yɛ den kɔɔ so wɔ wɔne Paul ne Barnaba ntam. Enti wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ Paul ne Barnaba ne wɔn mu binom nkɔ* asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no nkyɛn,+ na wɔmfa asɛm* no nkɔto wɔn anim.
3 Na asafo no gyaa wɔn kwan kakra. Na mmarima no kɔfaa Foinike ne Samaria, na wɔkaa sɛnea amanaman mufo no asakra wɔn adwene no ho asɛm pii kyerɛɛ anuanom no, na ɛmaa anuanom no nyinaa ani gyei paa. 4 Bere a woduu Yerusalem no, asafo no ne asomafo no ne mpanyimfo no gyee wɔn kama, na wɔkaa nneɛma bebree a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ no kyerɛɛ wɔn. 5 Nanso, ebinom a na wɔka Farisifo fekuw no ho a na wɔabɛyɛ gyidifo no sɔre fii wɔn nkongua so, na wɔkae sɛ: “Ehia sɛ wotwa wɔn twetia, na wɔhyɛ wɔn sɛ wonni Mose Mmara no so.”+
6 Ɛno nti, asomafo no ne mpanyimfo no hyiae sɛ wɔrebɛhwɛ aka asɛm no. 7 Na wosusuw asɛm no ho kɔɔ akyiri.* Ɛnna Petro sɔree, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, anuanom, mo ara munim sɛ, mfiase pɛɛ na Onyankopɔn hwɛɛ mo mu yii me sɛ amanaman mufo mfa m’anom asɛm so nte asɛmpa no na wonnye nni.+ 8 Na Onyankopɔn a onim nea ɛwɔ komam+ no maa wɔn honhom kronkron+ de dii adanse, sɛnea ɔyɛ maa yɛn no. 9 Na wamma nsonsonoe biara amma yɛne wɔn ntam,+ na mmom ɔnam gyidi so dwiraa wɔn koma ho.+ 10 Ɛnde, adɛn nti na moresɔ Onyankopɔn ahwɛ, na mode kɔndua+ a yɛne yɛn agyanom antumi ansoa reto asuafo no kɔn ho?+ 11 Mmom yegye di sɛ, sɛnea wɔnam Awurade Yesu adom so agye yɛn no,+ saa ara na wɔagye wɔn nso.”+
12 Bere a ɔkaa saa no, nnipadɔm no nyinaa yɛɛ komm. Ɛnna Barnaba ne Paul kaa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade bebree a Onyankopɔn nam wɔn so yɛe wɔ amanaman mu no kyerɛɛ wɔn, na nnipadɔm no tiee wɔn. 13 Bere a wɔkasa wiei no, Yakobo kae sɛ: “Mmarima, anuanom, muntie me. 14 Simeon+ aka no pefee ama yɛahu sɛnea Onyankopɔn dan n’ani kɔɔ amanaman no so bere a edi kan na oyii nnipa bi fii wɔn mu de ne din too wɔn so no.+ 15 Eyi ne nsɛm a Adiyifo no akyerɛw no hyia. Wɔakyerɛw sɛ: 16 ‘Eyinom akyi no, mɛsan aba, na mɛma Dawid ntamadan* a ahwe ase no so asi hɔ bio; mɛsan asi nea adwiriw agu no, na mama asi ne dedaw mu bio, 17 sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a aka no ne amanaman mufo nyinaa, nnipa a me din da wɔn so no, bɛhwehwɛ Yehowa* denneennen, Yehowa* a ɔreyɛ nneɛma yi asɛm ni,+ 18 nneɛma a wonim fi tete no.’+ 19 Enti me de, m’adwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw wɔn a wofi amanaman mu reba Onyankopɔn nkyɛn no,+ 20 na mmom yɛnkyerɛw nkɔma wɔn sɛ, wɔntwe wɔn ho mfi nneɛma a abosom agu ho fĩ+ ne aguamammɔ*+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu ne mogya ho.+ 21 Na efi tete mmere mu no, Mose wɔ wɔn a wɔka ne ho asɛm wɔ nkurow nkurow so, efisɛ homeda biara wɔkenkan ne nsɛm den wɔ hyia adan mu.”+
22 Afei asomafo no ne mpanyimfo no ne asafo no nyinaa sii gyinae sɛ, wobeyi mmarima bi afi wɔn mu aka Paul ne Barnaba ho akɔ Antiokia. Enti wɔsomaa Yuda a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas.+ Ná wɔyɛ mmarima a wodi anuanom anim. 23 Wɔkyerɛw nsɛm yi, na wɔde somaa wɔn:
“Mo nuanom asomafo ne mpanyimfo na ɛrekyerɛw mo yi. Yɛde rebrɛ anuanom a wofi amanaman mu a wɔwɔ Antiokia+ ne Siria ne Kilikia: Asomdwoe nka mo! 24 Yɛate sɛ yɛn mu bi aba mo nkyɛn, na wɔrekeka nsɛm bi de rehaw mo,+ na wɔpɛ sɛ wɔsɛe mo adwene. Nanso yɛmmaa wɔn akwankyerɛ biara. Ɛno nti, 25 yɛayɛ adwenkoro sɛ yebeyi mmarima bi aka yɛn adɔfo Barnaba ne Paul ho, na yɛasoma wɔn aba mo nkyɛn. 26 Saa mmarima yi na yɛn Awurade Yesu Kristo din nti, wɔde wɔn ho* abɔ afɔre.+ 27 Enti yɛresoma Yuda ne Silas, sɛ wɔn nso mfa wɔn ano mmɛka asɛm koro no ara nkyerɛ mo.+ 28 Na honhom kronkron+ no ne yɛn ara nso mpɛ sɛ yɛde adesoa foforo biara to mo so, gye eyinom a ehia yi. Ɛne sɛ: 29 Montwe mo ho mfi nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom+ ne mogya+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu+ ne aguamammɔ*+ ho. Sɛ motwe mo ho koraa fi eyinom ho a, ebewie mo yiye. Ensi mo yiye!”*
30 Bere a wogyaa mmarima yi kwan no, mmarima no kɔɔ Antiokia, na wɔfrɛɛ nnipa no boaa ano, na wɔde krataa no maa wɔn. 31 Bere a wɔkenkan wiei no, asɛm no hyɛɛ wɔn nkuran, na wodii ahurusi. 32 Na esiane sɛ Yuda ne Silas nso yɛ adiyifo nti, wɔkaa nsɛm pii de hyɛɛ anuanom no nkuran, na wɔhyɛɛ wɔn den.+ 33 Wodii bere kakra wɔ hɔ, na ɛno akyi no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoe mu kɔɔ wɔn a wɔsomaa wɔn no nkyɛn. 34 *—— 35 Nanso Paul ne Barnaba de, wɔkɔɔ so tenaa Antiokia, na wɔne afoforo pii kyerɛkyerɛe, na wɔkaa asɛmpa no, kyerɛ sɛ, Yehowa* asɛm.
36 Na nna bi akyi no, Paul ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: “Ma yɛnsan nkɔ* anuanom nkyɛn wɔ kurow biara a yɛkaa Yehowa* asɛm wom no mu, na yɛnkɔhwɛ sɛnea wɔn ho te.”+ 37 Ná Barnaba abɔ ne tirim sɛ ɔde Yohane a wɔfrɛ no Marko no bɛka wɔn ho akɔ.+ 38 Nanso na Paul ne no nyɛ adwene sɛ wɔde Marko bɛka wɔn ho akɔ, efisɛ ogyaw wɔn hɔ wɔ Pamfilia, na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no.+ 39 Eyi de akasakasa a emu yɛ den bae, na obiara faa ne kwan. Na Barnaba+ faa Marko kaa ne ho, na wɔfaa po so hyɛn kɔɔ Kipro. 40 Ɛnna Paul faa Silas, na anuanom de Paul hyɛɛ Yehowa* nsa sɛ ɔmfa n’adom mmoa no.+ Afei ofii hɔ kɔe. 41 Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia, na ɔhyɛɛ asafo ahorow no den.
16 Na okoduu Derbe ne Listra.+ Ná osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo+ a ne maame yɛ Yudani gyidini, na na ne papa yɛ Greeceni. 2 Ná anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikoniom nyinaa bɔ no din pa. 3 Ná Paul pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ, na Yudafo a wɔwɔ hɔ no nti,+ ɔfaa no twaa no twetia,* efisɛ na wɔn nyinaa nim sɛ ne papa yɛ Greeceni. 4 Bere a wɔnam nkurow no so no, wɔde mmara a na asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wonni so no maa wɔn.+ 5 Enti asafo ahorow no kɔɔ so yɛɛ den wɔ gyidi no mu, na wɔn dodow kɔɔ anim daa.
6 Afei, wɔkɔfaa Frigia ne Galatia asaase so,+ efisɛ honhom kronkron no baraa wɔn sɛ wɔnnka asɛm no wɔ Asia mantam mu. 7 Bio nso, bere a wobeduu Misia no, wɔyɛe sɛ wɔbɛkɔ Bitinia,+ nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan. 8 Enti wotwaam wɔ Misia, na wɔbaa Troa. 9 Saa anadwo no, Paul nyaa anisoadehu bi. Ná ɔbarima bi a ɔyɛ Makedoniani gyina hɔ resrɛ no sɛ: “Bra Makedonia, na bɛboa yɛn.” 10 Bere a onyaa anisoadehu no pɛ, yɛyɛe sɛ yɛrekɔ Makedonia, efisɛ yehui sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.
11 Enti yɛfaa nsu so fii Troa baa Samotrake tee, na ade kyee no, yɛkɔɔ Neapoli. 12 Na bere a yefii hɔ no, yɛkɔɔ Roma kurow* Filipi+ mu. Ná ɛno ne kurow titiriw wɔ Makedonia mantam no mu. Yɛtenaa saa kurow yi mu dii nna kakra. 13 Bere a Homeda dui no, yɛfaa kurow no pon mu puei, na yɛkɔɔ asubɔnten bi ho, baabi a na yɛn adwene yɛ yɛn sɛ nkurɔfo bɔ mpae. Yɛtenaa ase wɔ hɔ, na yefii ase kasa kyerɛɛ mmea a na wɔahyiam wɔ hɔ no. 14 Ná ɔbea bi a wɔfrɛ no Lidia a ɔtɔn ataade afasebiri* retie. Ná ofi Tiatira+ kurow no mu, na na ɔsom Onyankopɔn. Na Yehowa* buee ne koma mu nyinaa ma otiee nsɛm a na Paul reka no. 15 Bere a wɔbɔɔ Lidia ne ne fifo asu+ no, ɔsrɛɛ yɛn sɛ: “Sɛ moabu me sɛ midi nokware ma Yehowa* a, ɛnde mommra na mommɛtena me fi.” Na ɔyɛe ara ma yɛkɔɔ hɔ.
16 Ɛda bi a yɛrekɔ baabi a wɔbɔ mpae no, abaawa bi behyiaa yɛn. Ná ɔwɔ honhommɔne a ɛma ɔka nea ebesi daakye.+ Ná daakye nsɛm a ɔka no ma ne wuranom nya mfaso pii. 17 Abaawa yi kɔɔ so dii yɛne Paul akyi teɛteɛɛm sɛ: “Nnipa yi yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn+ no nkoa, na wɔreka nkwagye kwan no ho asɛm akyerɛ mo.” 18 Ɔyɛɛ saa nna pii. Afei ɛyɛɛ Paul ahometew, na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ fi ne mu.” Na ɛhɔ ara na ofii ne mu.+
19 Bere a abaawa no wuranom hui sɛ mfaso a wɔn ani da so abɔ wɔn no,+ wosusoo Paul ne Silas mu, na wɔtwee wɔn kɔɔ gua so kɔmaa atumfo no.+ 20 Na wodii wɔn anim de wɔn kɔɔ ɔman mpanyimfo no hɔ, na wɔkae sɛ: “Saa mmarima yi rehaw yɛn kurow yi paa.+ Wɔyɛ Yudafo, 21 na wɔkyerɛkyerɛ amanne ahorow bi a mmara mma kwan sɛ yedi akyi anaa yɛyɛ, efisɛ yɛyɛ Romafo.” 22 Na nnipadɔm no tuu wɔn ano guu wɔn so. Ɛnna ɔman no mu mpanyimfo no tetew Paul ne Silas ntaade mu, na wɔkae sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa.+ 23 Bere a wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wiei no, wɔde wɔn koguu afiase, na wɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ afiase hɔ no sɛ ɔnhwɛ wɔn so yiye.+ 24 Esiane sɛ wɔkaa saa kyerɛɛ no nti, ɔde wɔn koguu afiase dan a ɛhyɛ akyiri paa no mu, na ɔkyekyeree wɔn nan bɔɔ dua mu.
25 Na bɛyɛ ɔdasum no, Paul ne Silas bɔɔ mpae, na wɔtoo dwom yii Onyankopɔn ayɛ,+ na na nneduafo no retie wɔn. 26 Prɛko pɛ na asaasewosow kɛse bi sii, na ɛmaa afiase no fapem mpo wosowee. Na ɛhɔ ara na apon no nyinaa buebuei, na obiara nkɔnsɔnkɔnsɔn sanee.+ 27 Bere a nea ɔhwɛ afiase hɔ no nyanee a ohui sɛ afiase apon no abuebue no, ɔtwee ne sekan sɛ ɔrebekum ne ho, efisɛ na ɛyɛ no sɛ nneduafo no aguan.+ 28 Ɛnna Paul de nne kɛse teɛɛm sɛ: “Nyɛ wo ho bɔne biara, na yɛn nyinaa wɔ ha!” 29 Enti okogyee kanea, na ɔde mmirika bɔ wuraa hɔ, na ɔde ahopopo kobuu nkotodwe wɔ Paul ne Silas anim. 30 Na ɔde wɔn baa abɔnten, ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Me wuranom, menyɛ dɛn na manya nkwa?” 31 Wɔkae sɛ: “Gye Awurade Yesu di, na wobegye wo nkwa, wo ne wo fifo.”+ 32 Na wɔkaa Yehowa* asɛm no kyerɛɛ ɔne wɔn a wɔwɔ ne fi nyinaa. 33 Na anadwo no ara, ɔde wɔn kɔe kɔhohoroo wɔn akuru anim. Na ntɛm ara wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu.+ 34 Na ɔde wɔn baa ne fi bɛtow pon maa wɔn, na ɔne ne fifo nyinaa dii ahurusi kɛse sɛ seesei wabegye Onyankopɔn adi.
35 Bere a ade kyee no, ɔman mpanyimfo no somaa awɛmfo ma wɔkɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ afiase hɔ no sɛ: “Gyaa saa mmarima no ma wɔnkɔ.” 36 Ɛnna nea ɔhwɛ afiase hɔ no kaa wɔn asɛm no kyerɛɛ Paul sɛ: “Ɔman mpanyimfo no asoma nnipa aba sɛ minnyaa mo baanu. Enti mumpue mmra, na momfa asomdwoe nkɔ.” 37 Nanso Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛyɛ Romafo, ɛnna wɔahwe yɛn baguam+ de yɛn agu afiase bere a wommuu yɛn fɔ.* Afei de wɔrebeyi yɛn kodɛɛ? Daabi! Momma wɔn ankasa mmra, na wɔmmɛfa yɛn mpue.” 38 Enti awɛmfo no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ ɔman mpanyimfo no. Bere a wɔtee sɛ mmarima no yɛ Romafo no, wɔbɔɔ hu.+ 39 Enti wɔbae, na wɔbɛpaa wɔn kyɛw. Na bere a wɔde wɔn puei no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ womfi kurow no mu nkɔ. 40 Nanso bere a wofii afiase hɔ no, wɔkɔɔ Lidia fi. Na bere a wohuu anuanom no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran,+ na wofii hɔ kɔe.
17 Afei wɔkɔfaa Amfipoli ne Apolonia, na wɔbaa Tesalonika;+ ɛhɔ na na Yudafo hyiadan wɔ. 2 Na sɛnea na Paul taa yɛ no,+ ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ hɔ, na ɔde homeda abiɛsa ne wɔn susuw Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho,+ 3 na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanse ahorow kyerɛe sɛ na ehia sɛ Kristo no hu amane+ na ɔsɔre fi awufo mu.+ Ɔkae sɛ: “Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi, ɔno ne Kristo no.” 4 Ɛno nti, wɔn mu binom bɛyɛɛ gyidifo, na wɔde wɔn ho bataa Paul ne Silas ho.+ Na Greecefo dɔm kɛse bi a wɔsom Onyankopɔn, ne mmea atitiriw bi a wɔdɔɔso pii nso yɛɛ saa ara.
5 Na ahoɔyaw nti,+ Yudafo no boaboaa mmarima bi ano, nsɛmmɔnedifo a wɔnenam gua so kwa. Na wɔkaa wɔn ho boom yɛɛ basabasa, na wɔmaa kurow no mu yɛɛ bagyabagya. Wɔbɔ wuraa Yason fi kɔhwɛe sɛ wobenya Paul ne Silas, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɛbrɛ basabasayɛfo no. 6 Bere a wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom binom kɔmaa kurow no mu atumfo, na wɔteɛteɛɛm sɛ: “Mmarima a wɔadan wiase abutuw* no aba ha nso,+ 7 na Yason agye wɔn aba ne fi. Saa mmarima yi nyinaa sɔre tia Kaesare ahyɛde,* na wɔka sɛ ɔhene foforo bi wɔ hɔ a ɔne Yesu.”+ 8 Bere a nnipadɔm no ne kurow no mu atumfo tee eyinom no, wɔn koma tui. 9 Na wɔmaa Yason ne wɔn a aka no tuaa biribi de dii agyinam, ɛnna wogyaa wɔn ma wɔkɔe.
10 Anadwo no ara, anuanom no maa Paul ne Silas kɔɔ Beroia. Bere a woduu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu. 11 Ná eyinom wɔ adwempa sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, efisɛ wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no, na da biara, na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa. 12 Enti wɔn mu pii bɛyɛɛ gyidifo, na Greecefo mmea ne mmarima atitiriw pii nso yɛɛ saa ara. 13 Na Yudafo a wofi Tesalonika no tee sɛ Paul reka Onyankopɔn asɛm wɔ Beroia nso, enti wɔbaa hɔ betutu guu ɔmanfo no asom ma wɔyɛɛ basabasa.+ 14 Ntɛm ara na anuanom no gyaa Paul kwan ma ɔkɔɔ mpoano.+ Silas ne Timoteo de, wɔkɔɔ so tenaa hɔ. 15 Nanso, wɔn a wokogyaa Paul kwan no de no kɔe ara koduu Atene. Na Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo+ sɛ wɔmmra ne nkyɛn ntɛm. Ɛno akyi no, wɔsan kɔe.
16 Bere a na Paul retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ohui sɛ ahoni ahyɛ kurow no ma, na ɛyɛɛ no* ahometew. 17 Enti ɔne Yudafo ne nnipa a aka a wɔsom Onyankopɔn no susuw nsɛm ho wɔ hyiadan no mu. Na da biara, na ɔne wɔn a wɔba gua so no nso susuw nsɛm ho. 18 Nanso Epikurofo ne Stoafo nyansapɛfo bi fii ase ne no gyee akyinnye. Ebinom kae sɛ: “Dɛn koraa na kasatenten wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ?” Ɛnna ebinom nso kae sɛ: “Gyama ɔyɛ obi a ɔka anyame foforo ho asɛm.” Nea enti a wɔkaa saa ne sɛ, na Paul reka Yesu ne owusɔre ho asɛmpa no.+ 19 Enti wɔfaa no de no kɔɔ Areopago, na wɔkae sɛ: “Nkyerɛkyerɛ foforo a woreka ho asɛm no, kyerɛkyerɛ mu kyerɛ yɛn. 20 Efisɛ woreka nsɛm bi a ɛyɛ foforo koraa wɔ yɛn asom. Enti yɛpɛ sɛ yehu nea nsɛm yi kyerɛ.” 21 Nea ɛwom ne sɛ, Atenefo ne ahɔho a wɔabɛtena hɔ nyinaa, sɛ wonni hwee yɛ a, nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔka nsɛm foforo anaa wotie nsɛm foforo. 22 Ɛnna Paul sɔre gyinaa Areopago+ no mfinimfini, na ɔkae sɛ:
“Atene mmarima, mahu sɛ ade nyinaa mu, ayɛ sɛ mopɛ nyamesom* sen afoforo.+ 23 Efisɛ bere bi a meretwam a metɔɔ me bo ase hwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi mpo a wɔakyerɛw ho sɛ ‘Onyame a Yennim No No Dea.’ Enti nea mosom no a munnim no no, ɔno ara na mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi. 24 Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa no, ɔno ne ɔsoro ne asaase Wura.+ Enti ɔnte asɔredan a nnipa de wɔn nsa asi mu.+ 25 Onhia nso sɛ nnipa de wɔn nsa som no, efisɛ biribiara nhia no.+ Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome+ ne nneɛma nyinaa. 26 Na ɔmaa aman nyinaa mu nnipa fii onipa baako mu+ sɛ wɔntena asaase nyinaa so.+ Na ɔhyɛɛ mmere too hɔ, ɛnna ɔde ahye nso totoo baabi a nnipa bɛtena,+ 27 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn, na wɔapɛ n’akyi kwan denneennen akosi sɛ wobehu no,+ nanso nokwasɛm ne sɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware. 28 Na ɛnam no so na yɛwɔ nkwa, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ. Mo ara mo nkurɔfo a wɔkyerɛw anwensɛm no, ebinom mpo aka sɛ, ‘Yɛn nso, yɛyɛ ne mma.’
29 “Enti esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma+ nti, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, Tweaduampɔn no te sɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa ɔbo, anaa adwini bi a onipa adi anaa biribi a onipa abɔ ne tirim ayɛ.+ 30 Ampa, Onyankopɔn buu n’ani guu mmere a na nnipa nnim hwee no so.+ Nanso afei de, ɔreka akyerɛ nnipa a ɛwɔ baabiara sɛ obiara nsakra n’adwene. 31 Efisɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ, ɔnam ɔbarima bi a wayi no so bebu asaase atɛn+ wɔ trenee mu. Na wanyan saa ɔbarima no afi awufo mu de asi so dua akyerɛ nnipa nyinaa.”+
32 Na bere a wɔtee owusɔre ho asɛm no, ebinom fii ase dii fɛw,+ na ebinom nso kae sɛ: “Yɛbɛsan atie wo bio wɔ asɛm yi ho.” 33 Enti Paul gyaw wɔn hɔ kɔe, 34 nanso mmarima bi de wɔn ho bɔɔ no, na wɔbɛyɛɛ gyidifo. Wɔn mu bi ne Dionisio a ɔyɛ Areopago bagua no temmufo, ne ɔbea bi a wɔfrɛ no Damari, ne afoforo bi.
18 Eyi akyi no, Paul fii Atene kɔɔ Korinto. 2 Na ohuu Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila+ a ɔyɛ Pontoni. Ná ɔne ne yere Priskila fi Italy baa hɔ nkyɛe, efisɛ na Klaudio ahyɛ sɛ Yudafo nyinaa mfi Roma. Na Paul kɔɔ wɔn nkyɛn, 3 na esiane sɛ na ɔne wɔn yɛ adwuma koro nti, ɔtenaa wɔn fi ne wɔn yɛɛ adwuma,+ efisɛ na ntamadan adwuma na wɔyɛ. 4 Homeda+ biara, na ɔka asɛm* wɔ hyiadan mu,+ na na ɔkasa ma ɛtɔ Yudafo ne Greecefo no koma so ma wogye di.
5 Na bere a Silas+ ne Timoteo+ nyinaa fii Makedonia bedui no, Paul fii ase de ne bere nyinaa kaa asɛm no, na odii adanse kyerɛɛ Yudafo no sɛ, Yesu ne Kristo no.+ 6 Nanso wɔsɔre tiaa Paul mpɛn pii, na wɔyeyaw no. Enti ɔporoporow n’ataade mu,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mogya ngu mo ara mo ti so.+ Me de, minni fɔ.*+ Efi nnɛ rekɔ, amanaman mufo nkyɛn na mɛkɔ.”+ 7 Enti ofii hɔ,* na ɔkɔɔ ɔbarima bi a ɔsom Onyankopɔn a wɔfrɛ no Titio Yusto fi. Ná ne fi no ne hyiadan no bɔ ho. 8 Na Krispo+ a ɔyɛ hyiadan mu panyin no gyee Awurade dii, ɔne ne fifo nyinaa. Na Korintofo a wɔtee no mu pii fii ase gye dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. 9 Afei Awurade ka kyerɛɛ Paul wɔ anisoadehu mu anadwo sɛ: “Nsuro, kɔ so kasa, na nka w’ano ntom, 10 efisɛ meka wo ho,+ na obiara ntumi mfa ne nsa nka wo nyɛ wo bɔne biara; na mewɔ nnipa pii wɔ kurow yi mu.” 11 Enti ɔtenaa hɔ afe ne abosome asia, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn asɛm.
12 Bere a Galio yɛ Akaia mantam soafo* no, Yudafo no yɛɛ baako sɔre tiaa Paul, na wɔde no kɔɔ atemmu agua no anim. 13 Na wɔkae sɛ: “Saa ɔbarima yi redan nkurɔfo adwene. Ɔka sɛ wɔmfa ɔkwan foforo a ɛne mmara no nhyia so nsom Onyankopɔn.” 14 Bere a Paul yɛe sɛ ɔrebue n’ano akasa no, Galio ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Yudafo, sɛ ɛyɛ mfomso anaa bɔne kɛse bi a, anka mɛtɔ me bo ase atie mo. 15 Na mmom sɛ ɛyɛ nsɛm, ne edin, ne mo ara mo mmara ho akyinnyegye+ de a, ɛnde mo ara monhwɛ nka. Mempɛ sɛ meyɛ saa nsɛm yi ho temmufo.” 16 Bere a ɔkaa saa no, ɔpam wɔn fii atemmu agua no anim. 17 Enti wɔn nyinaa tu guu Sostene+ a ɔyɛ hyiadan mu panyin no so, na wofii ase hwee no wɔ atemmu agua no anim. Nanso Galio anyɛ eyinom ho hwee.
18 Na bere a Paul dii nna kakra kaa ho wɔ hɔ no, ɔne anuanom no dii nkra, na ɔde po so hyɛn fii hɔ kɔɔ Siria, na na Priskila ne Akwila ka ne ho. Na oyii ne ti ma ɛkɔɔ fam wɔ Kenkrea,+ efisɛ na wahyɛ bɔ. 19 Bere a woduu Efeso no, ogyaw wɔn wɔ hɔ. Na ɔno de, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafo no kosusuw nsɛm ho.+ 20 Wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra, nanso wampene. 21 Mmom ɔne wɔn dii nkra, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Yehowa* pɛ a, mɛba mo nkyɛn bio.” Na ofi Efeso faa po so, 22 na ɔkɔɔ* Kaesarea. Afei ɔkɔe* kokyiaa asafo no. Ɛno akyi no, ɔkɔɔ* Antiokia.+
23 Bere a ɔtenaa hɔ kakra no, ofii hɔ, na otutuu akwan faa Galatia ne Frigia+ nsaase so, na ɔhyɛɛ asuafo no nyinaa den.+
24 Na Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo+ a ofi Aleksandria baa Efeso. Ná ɔyɛ ɔbarima a n’ano atew, na na onim Kyerɛwnsɛm no mu yiye. 25 Ná wɔakyerɛkyerɛ saa ɔbarima yi wɔ Yehowa* kwan so, na esiane sɛ na honhom no ahyɛ no ma nti, ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛkyerɛɛ mu pɛpɛɛpɛ. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na onim. 26 Apolo fii ase de akokoduru kasae wɔ hyiadan no mu. Bere a Priskila ne Akwila+ tee nea ɔreka no, wɔfaa no kaa wɔn ho, na wɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn akwan no mu pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ no. 27 Ná Apolo pɛ sɛ ɔkɔ Akaia, enti anuanom no kyerɛw asuafo a ɛwɔ hɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnye no kama. Na bere a oduu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam Onyankopɔn adom so abɛyɛ gyidifo no paa; 28 efisɛ ɔyeree ne ho denneennen daa no adi pefee wɔ baguam sɛ Yudafo no afom kwan, na ɔde Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ wɔn ma wohui sɛ Yesu ne Kristo no.+
19 Ɛbae sɛ bere a Apolo+ wɔ Korinto no, Paul faa baabi a ɛmmɛn ɛpo, na ɔbaa* Efeso.+ Bere a oduu hɔ no, ohuu asuafo bi, 2 na obisaa wɔn sɛ: “Bere a mobɛyɛɛ gyidifo no, munyaa honhom kronkron anaa?”+ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ei, yɛntee da sɛ honhom kronkron bi mpo wɔ baabi.” 3 Ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Ɛnde, na mo asubɔ no yɛ asubɔ bɛn?” Wɔkae sɛ: “Yohane asubɔ.”+ 4 Paul kae sɛ: “Asu a Yohane bɔɔ nkurɔfo no, ɔbɔ de kyerɛe sɛ wɔasakra wɔn adwene,+ na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wonnye nea odi n’akyi reba no nni.+ Ɔno ne Yesu.” 5 Bere a wɔtee eyi no, wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu. 6 Na bere a Paul de ne nsa guu wɔn so no, honhom kronkron baa wɔn so,+ na wofii ase kaa kasa horow,* na wɔhyɛɛ nkɔm.+ 7 Ná wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima 12.
8 Na abosome abiɛsa de, na ɔkɔ hyiadan mu+ de akokoduru ka asɛm, na na ɔne wɔn susuw Onyankopɔn Ahenni no ho+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtɔ wɔn asom. 9 Nanso ebinom pirim wɔn koma, na wɔannye anni, na wɔkekaa Ɔkwan No+ ho nsɛmmɔne wɔ nnipadɔm no anim. Enti ɔtwee ne ho fii wɔn ho,+ na ɔde asuafo no kaa ne ho kɔe.* Na da biara, na ɔka asɛm wɔ Tirano sukuu dan no mu. 10 Eyi kɔɔ so mfe abien. Enti wɔn a wɔte Asia mpɔtam nyinaa, kyerɛ sɛ, Yudafo ne Greecefo nyinaa, tee Awurade asɛm no.
11 Na Onyankopɔn kɔɔ so faa Paul* so yɛɛ anwonwade akɛse.+ 12 Ɛno nti, nkurɔfo faa ntama ne ntaade a aka Paul nipadua kɔmaa ayarefo,+ na wɔn yare no gyaee, na ahonhommɔne no pue fii wɔn mu.+ 13 Yudafo a wokyinkyin tu ahonhommɔne no binom nso yɛe sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din agu wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no so. Asɛm a na wɔka ne sɛ: “Mehyɛ mo wɔ Yesu a Paul ka ne ho asɛm no din mu.”+ 14 Ná Yudani sɔfo panyin bi a wɔfrɛ no Skewa wɔ mma mmarima baason bi a na wɔreyɛ saa. 15 Ɛnna honhommɔne no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim Yesu,+ ɛnna minim Paul,+ na mo nso mufi he?” 16 Ɛnna onipa a honhommɔne wɔ no so no tow hyɛɛ wɔn so, na odii wɔn so mmaako mmaako yɛɛ wɔn pasaa. Na wɔde adagyaw guan fii fie hɔ kɔe, na na wɔapirapira. 17 Obiara tee eyi ho asɛm, Yudafo ne Greecefo a wɔtete Efeso nyinaa. Na ehu kaa wɔn nyinaa, na nkurɔfo kɔɔ so kamfoo Awurade Yesu din. 18 Na wɔn a wɔagye adi no bebree bae, na wɔbɛkaa bɔne a wɔayɛ nyinaa wɔ baguam; wɔamfa biribiara ansie. 19 Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wodi asumansɛm no mu pii de wɔn nhoma bae, na wɔbɛhyew maa obiara hui.+ Na bere a wobuu ne nyinaa ano no, wohui sɛ ne bo yɛ dwetɛ sika 50,000. 20 Ɛno nti, Yehowa* asɛm nam ahoɔden so kɔɔ so trɛwee, na ase timii.+
21 Eyinom akyi no, Paul yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔfa Makedonia+ ne Akaia, na sɛ ofi hɔ a, ɔbɛkɔ Yerusalem.+ Ɔkae sɛ: “Sɛ midu hɔ a, ɛsɛ sɛ mekɔ Roma nso.”+ 22 Enti ɔsomaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo+ ne Erasto,+ kɔɔ Makedonia. Na ɔno ara de, ɔtenaa Asia mantam no mu kyɛe kakra.
23 Saa bere no, gyegyeegye bi a ɛkɔɔ so+ nyɛ asɛm ketewa. Ná ɛfa Ɔkwan No+ ho. 24 Ɛne sɛ, na obi wɔ hɔ a ɔyɛ dwetɛ ho adwuma* a wɔfrɛ no Demetrio. Ná ɔde dwetɛ yɛ Artemi abosom dan, na na ɛma nkurɔfo a wɔn nso yɛ dwetɛ ho adwuma no nya mfaso pii.+ 25 Ɔboaboaa wɔne nkurɔfo a wɔyɛ nnwuma a ɛtete saa no ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, mo ara munim yiye sɛ adwuma yi na ɛma yenya yɛn ho. 26 Seesei moahu na moate sɛ, ɛnyɛ Efeso+ nko ara na saa Paul yi adan nnipadɔm pii adwene ama wɔanya adwene foforo. Mmom ɛreyɛ ayɛ sɛ, Asia mantam nyinaa mu nso, wayɛ saa ara. Na ɔka sɛ anyame a wɔde nsa ayɛ no nyɛ anyame.+ 27 Nea ɛhaw adwene koraa ne sɛ, nea ɔreyɛ no bɛma nkurɔfo akeka yɛn adwuma no ho asɛmmɔne, na onyamebea kɛse Artemi asɔrefi no nso, nkurɔfo remfa nyɛ hwee bio. Na Artemi a Asia mantam ne asaase sofo nyinaa som no no, n’anuonyam bɛbɔ no.” 28 Bere a nkurɔfo no tee eyi no, wɔn bo fuwii, na wofii ase teɛteɛɛm sɛ: “Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!”
29 Enti kurom hɔ nyinaa yɛɛ bagyabagya, na wɔn nyinaa gyee bum kɔɔ agohwɛbea hɔ. Bere a wɔrekɔ hɔ no, wɔtwee Makedoniafo bi a wɔn din de Gaio ne Aristarko+ a wɔne Paul tutu akwan no kaa wɔn ho. 30 Paul de, na ɔpɛ sɛ ɔkɔ nnipa no mu, nanso asuafo no amma no kwan. 31 Mpanyimfo a wɔhwɛ afahyɛ ne agodi so no mu binom a na wɔpɛ n’asɛm no mpo soma bɛsrɛɛ no sɛ, ɔnnkɔ agohwɛbea hɔ, na asiane bi anto no. 32 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ebinom teɛm ka sɛɛ a, na ebinom nso ateɛm aka sɛɛ, efisɛ na nnipadɔm no ayɛ bagyabagya, na na wɔn mu dodow no ara nnim nea enti a wɔabehyiam. 33 Ɛnna wɔmaa Aleksandro fii nnipadɔm no mu pue bae, na Yudafo no piapiaa no baa anim. Na Aleksandro him ne nsa sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ n’asɛm mu kyerɛ nkurɔfo no. 34 Nanso bere a wohui sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa boom teɛteɛɛm bɛyɛ nnɔnhwerew abien sɛ: “Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!”
35 Bere a kurow no kyerɛwfo tumi maa nnipadɔm no yɛɛ komm no, ɔkae sɛ: “Efeso mmarima, onipa bɛn na onnim sɛ Efesofo kurow yi na ɛhwɛ Artemi ɔkɛse no ne ohoni a efi soro bae no asɔredan so? 36 Obiara ntumi nnye eyinom ho akyinnye, enti monyɛ komm, na mommpere mo ho nnyɛ biribiara. 37 Efisɛ mmarima a mode wɔn aba ha yi nwiaa asɔredan mu nneɛma, na wɔnkaa yɛn nyamebea no ho abususɛm biara. 38 Enti sɛ Demetrio+ ne wɔn a ɛka ne ho a wɔyɛ dwetɛ ho adwuma no ne obi wɔ asɛm a, nna a wodi asɛm wɔ hɔ, ɛnna amantam asoafo* nso wɔ hɔ. Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, ɔmfa mmra. 39 Nanso sɛ morepɛ biribi foforo aka ho a, ɛnde gye sɛ mpanyimfo no frɛ ɔmanfo no hyiam, na wosi ho gyinae. 40 Na nea asi nnɛ yi nti, anhwɛ a wɔbɛbɔ yɛn sobo sɛ yɛyɛ amammɔfo, efisɛ basabasa a yɛreyɛ yi, yenni nnyinaso biara.” 41 Bere a ɔkaa saa no, ɔmaa nnipadɔm a abehyia no kɔe.
20 Bere a basabasa no ano brɛɛ ase no, Paul soma kɔfrɛɛ asuafo no. Afei ɔhyɛɛ wɔn nkuran, na ɔne wɔn dii nkra, na osii kwan so kɔɔ Makedonia. 2 Na okyinkyin hɔ, na ɔkaa nsɛm bebree de hyɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nkuran. Owiei no, ɔbaa Greece. 3 Odii abosome abiɛsa wɔ hɔ, na ɔresan akɔ no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔfa Makedonia mmom, efisɛ bere a ɔrebɛkɔ Siria no, Yudafo no bɔɔ ne ho pɔw.+ 4 Wɔn a na wɔka ne ho ne Beroiani Piro ba Sopata, Aristarko+ ne Sekundo a wɔyɛ Tesalonikafo, Derbeni Gaio, Timoteo,+ ne Tikiko+ ne Trofimo+ a wofi Asia mantam mu no. 5 Saa mmarima yi dii kan, na wɔkɔtwɛn yɛn wɔ Troa; 6 na Paanoo a Mmɔkaw* Nnim+ nna no akyi no, yɛtenaa hyɛn mu faa po so fii Filipi. Nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, na yedii nnanson wɔ hɔ.
7 Da a edi kan wɔ nnawɔtwe no mu no, na yɛahyiam sɛ yɛrebedidi. Ɛnna Paul fii ase kasa kyerɛɛ wɔn, efisɛ ade kye a, na obefi hɔ. Na ɔkasae ara kosii anadwo dasum. 8 Enti na nkanea pii wɔ abansoro dan a yɛahyia wom no mu. 9 Bere a Paul gu so rekasa no, na aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere no ano. Aberante no faa mu dae hatee, na nna no nti, ofii abansoro a ɛto so abiɛsa no so bɛhwee fam, na bere a wɔmaa no so no, na wawu. 10 Na Paul sian kɔɔ fam kobutuw no so, na ɔbam no+ kae sɛ: “Munnyae gyegyeegye no, na onwui.”*+ 11 Afei Paul foroo abansoro no, na ɔfaa aduan,* na ofii ase dii. Na ɔtoaa so bɔɔ nkɔmmɔ ara koduu ahemanakye, na afei ofii hɔ kɔe. 12 Enti wɔde aberante no kɔe, na wonyaa awerɛkyekye kɛse sɛ wɔanyan no aba nkwa mu.
13 Na yɛfaa po so hyɛn, na yɛkɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paul. Efisɛ na wadi kan aka akyerɛ yɛn sɛ ɔbɛnantew akɔ hɔ, enti yenhyia no wɔ hɔ na yɛmfa no. 14 Enti bere a ɔne yɛn hyiae wɔ Aso no, yɛfaa no ne no kɔɔ Mitilene. 15 Bere a ade kyee no, yetu fii hɔ, na yekoduu Kio mpoano, na da a edi hɔ no, yɛkɔɔ Samo, na ade kyee no, yekoduu Mileto. 16 Ná Paul ayɛ n’adwene sɛ ɔrennyina Efeso,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrensɛe bere biara wɔ Asia mantam no mu. Efisɛ na ɔrepɛ ntɛm, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wakodu Yerusalem+ ɛda a wodi Pentekoste Afahyɛ no.
17 Bere a ɔwɔ Mileto no, ɔsoma kɔɔ Efeso kɔfrɛɛ asafo mu mpanyimfo no. 18 Wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Efi da a edi kan a mebaa Asia mantam mu+ no, mo ara munim sɛnea mebɔɔ me bra wɔ mo mu, 19 sɛnea mede ahobrɛase kɛse*+ ne nisu som Awurade, ne sɛnea pɔw a Yudafo no bɔe nti, mefaa sɔhwɛ pii mu no. 20 Nneɛma a mfaso wɔ so* biara, meka kyerɛɛ mo; mamfa ansie mo. Na mekyerɛkyerɛɛ mo baguam+ ne afi afi mu.+ 21 Na midii adanse frenkyemm kyerɛɛ Yudafo ne Greecefo sɛ, wɔnsakra wɔn adwene+ na wɔmmra Onyankopɔn nkyɛn, na wonnye yɛn Awurade Yesu nni.+ 22 Afei hwɛ! honhom no ahyɛ me, enti merekɔ Yerusalem. Ɛwom, minnim nea ɛbɛto me wɔ hɔ, 23 nanso nea minim ara ne sɛ, kurow biara mu no, honhom kronkron no kɔ so di me adanse sɛ wɔde me bɛto afiase, na amanehunu da hɔ retwɛn me.+ 24 Nanso, me ara me nkwa* ho nhia me pii.* Nea ehia me ne sɛ mewie mmirika a meretu no,+ na mawie ɔsom adwuma a minya fii Awurade Yesu hɔ no. Ɛne sɛ medi Onyankopɔn adom ho asɛmpa no ho adanse frenkyemm.
25 “Afei hwɛ! Minim sɛ mo a mekaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ mo no, obiara renhu m’anim bio da. 26 Enti miyi mo adansefo nnɛ da yi sɛ, minni fɔ wɔ onipa biara mogya ho,*+ 27 efisɛ nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ* nyinaa, meka kyerɛɛ mo; mamfa ansie mo.+ 28 Momma mo ani mmra mo ho+ ne nguankuw no nyinaa so, efisɛ honhom kronkron no apaw mo ahwɛfo+ wɔ wɔn mu, sɛ monhwɛ Onyankopɔn asafo+ a ɔde ɔno ara ne Ba mogya+ tɔe no so yiye. 29 Minim sɛ mekɔ a, mpataku bɔne* bɛba mo mu,+ na wɔrenyɛ nguankuw no brɛbrɛ, 30 na mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre, na wɔbɛkasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.+
31 “Enti monwɛn, na monkae sɛ mfe abiɛsa ni,+ awia ne anadwo, mede nisu tuu mo mu biara fo; mannyae da. 32 Afei mede mo hyɛ Onyankopɔn nsa, na mede mo hyɛ asɛm a efi n’adom mu no ase. Saa asɛm no betumi ahyɛ mo den, na ama moanya agyapade wɔ wɔn a wɔatew wɔn ho nyinaa mu.+ 33 M’ani mmeree obiara dwetɛ anaa sika kɔkɔɔ anaa ataade.+ 34 Mo ara munim sɛ, nsa yi na ama manya nea mihia,+ na ɛno ara nso na ama wɔn a wɔka me ho no anya nea wohia. 35 Biribiara mu, mede me nneyɛe ama moahu sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwumaden+ de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no. Na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kae yi: ‘Ɔma mu wɔ anigye pii+ sen ogye.’”
36 Bere a ɔkaa eyinom wiei no, ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe, na wɔbɔɔ mpae. 37 Nokwarem no, wɔn nyinaa sui yiye, na wɔbam Paul,* na wofew n’ano. 38 Na nea ɛyɛɛ wɔn awerɛhow paa ne asɛm a ɔkae sɛ wɔrenhu n’anim bio no.+ Na wokogyaa no kwan kɔɔ po so hyɛn no mu.
21 Bere a yemiaa yɛn ani ne wɔn dii ntetewmu no, yɛfaa ɛpo so kɔɔ tee koduu Kos. Na ade kyee no, yɛkɔɔ Rodo, na yefi hɔ kɔɔ Patara. 2 Yehuu po so hyɛn bi a ɛretwam akɔ Foinike, na yɛkɔforo kɔe. 3 Bere a yeduu baabi a yɛn ani tua supɔw a wɔfrɛ no Kipro no, yesian ho wɔ benkum fam,* na yɛtoaa so kɔɔ Siria, na yekogyinaa Tiro. Ɛhɔ na na wobeyi hyɛn no mu nneɛma. 4 Yɛkɔhwehwɛɛ asuafo a ɛwɔ hɔ no, na yehuu wɔn, na yɛtenaa hɔ nnanson. Nanso asuafo no nam honhom no so ka kyerɛɛ Paul mpɛn pii sɛ onntu ne nan nnsi Yerusalem.+ 5 Na bere soe sɛ yefi hɔ, enti yesii kwan so toaa yɛn akwantu no so. Na wɔn nyinaa, a mmea ne mmofra ka ho, begyaa yɛn kwan koduu kurow no kurotia. Na yebuu nkotodwe wɔ mpoano hɔ bɔɔ mpae, 6 na yɛne wɔn dii nkra. Afei yɛkɔforoo po so hyɛn no, na wɔn de, wɔsan kɔɔ wɔn afi.
7 Yefii Tiro no, yɛfaa po so koduu Ptolemai. Na yekyiakyiaa anuanom no, na yedii wɔn nkyɛn da koro. 8 Bere a ade kyee no, yefii hɔ baa Kaesarea. Na yɛkɔɔ ɔsɛmpakafo Filipo a na ɔka mmarima baason+ no ho no fi, na yɛtenaa ne nkyɛn. 9 Ná ɔbarima yi wɔ mma mmea baanan a wɔnwaree,* na na wɔhyɛ nkɔm.+ 10 Na bere a yɛtenaa hɔ kyɛe kakra no, odiyifo bi a wɔfrɛ no Agabo+ fi Yudea bae. 11 Na ɔbaa yɛn nkyɛn bɛfaa Paul abɔso, na ɔde kyekyeree ɔno ara ne nan ne ne nsa, na ɔkae sɛ: “Asɛm a honhom kronkron no aka ni: ‘Ɔbarima a abɔso yi yɛ ne dea no, sɛɛ na Yudafo no bɛkyekyere no wɔ Yerusalem,+ na wɔde no bɛhyɛ amanaman mufo nsa.’”+ 12 Bere a yɛtee saa no, yɛne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa fii ase srɛɛ no sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 13 Ɛnna Paul kae sɛ: “Dɛn na moreyɛ yi? Adɛn na moresu na mopɛ sɛ mubu m’abam yi?* Mommma biribiara nnhaw mo. Awurade Yesu din nti, mayɛ krado sɛ wɔnkyekyere me wɔ Yerusalem. Na sɛ ɛsɛ sɛ miwu wɔ hɔ mpo a, mayɛ krado.”+ 14 Bere a wansesa n’adwene no, yɛanhaw no bio,* na yɛkae sɛ: “Yehowa* pɛ na ɛnyɛ hɔ.”
15 Nna yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho maa akwantu no, na yesii kwan so kɔɔ Yerusalem. 16 Asuafo a wofi Kaesarea no bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn kɔɔ Kiproni bi a wɔfrɛ no Mnason nkyɛn. Ná ɔka asuafo a wodi kan no ho, na ne fi na na yɛbɛsoɛ. 17 Bere a yeduu Yerusalem no, anuanom no de anigye gyee yɛn. 18 Ade kyee no, Paul ne yɛn kɔɔ Yakobo+ nkyɛn, na na mpanyimfo no nyinaa wɔ hɔ bi. 19 Na okyiaa wɔn, na ofii ase kaa nea Onyankopɔn nam ne som adwuma no so yɛe wɔ amanaman no mu ho nsɛm nyinaa.
20 Bere a wɔtee eyi no, wofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Onua, wo ara woahu sɛ Yudafo mpempem pii abɛyɛ gyidifo, na wɔn nyinaa yere wɔn ho di Mmara no so.*+ 21 Nanso wɔate sɛ nkurɔfo rekeka sɛ, worekyerɛkyerɛ Yudafo a wɔwɔ amanaman mu nyinaa sɛ wɔnsɔre ntia Mose Mmara.* Wɔate sɛ worekeka nso sɛ wonntwa wɔn mma twetia,* na wonnni amammerɛ so.+ 22 Enti dɛn na yɛbɛyɛ wɔ ho? Nea ɛbɛyɛ biara wɔbɛte sɛ woaba. 23 Enti yɛ nea yɛreka akyerɛ wo yi: Yɛwɔ mmarima baanan a wɔahyɛ bɔ. 24 Fa saa mmarima yi kɔ, na wo ne wɔn nkodwira mo ho na tua ka ma wɔn, na wonyi wɔn ti. Ɛbɛma obiara ahu sɛ nea wɔretete fa wo ho no nyɛ nokware. Na mmom wonam pɛpɛɛpɛ, na wo ara nso wudi Mmara no so.+ 25 Na gyidifo a wofi amanaman mu no de, yɛakyerɛw gyinae a yɛasi no akɔma wɔn sɛ, wɔntwe wɔn ho mfi nea wɔde abɔ afɔre ama abosom+ ne mogya+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu+ ne aguamammɔ*+ ho.”
26 Enti ade kyee no, Paul faa mmarima no, na ɔne wɔn nyinaa kodwiraa wɔn ho,+ na ɔkɔɔ asɔrefi hɔ kɔkyerɛɛ da a wobewie wɔn ahodwira no ne bere a ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma wɔn mu biara.
27 Bere a nnanson no reba awiei no, Yudafo a wofi Asia no huu no wɔ asɔrefi hɔ, na wɔmaa nnipa no yɛɛ gyegyeegye, na wosusoo ne mu. 28 Na wɔteɛteɛɛm sɛ: “Israel mmarima, mommɛboa! Ɔbarima yi na ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa wɔ baabiara sɛ wɔnsɔre ntia yɛn man yi ne yɛn Mmara ne ɛha yi.* Nea asɛe asɛm no koraa ne sɛ, ɔde Greecefo aba asɔrefi ha, na wagu kronkronbea yi ho fĩ.”+ 29 Nea ɛte ne sɛ, na wɔadi kan ahu Efesoni Trofimo+ sɛ ɔka ne ho wɔ kurow no mu, na na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Paul de no baa asɔrefi hɔ. 30 Na kurom hɔ nyinaa yɛɛ bagyabagya, na nkurɔfo no de mmirika betwa hyiae, na wosusoo Paul mu twee no fii asɔrefi hɔ. Na ntɛm ara, wɔtotoo apon no mu. 31 Na bere a wɔyɛe sɛ wɔrekum no no, asraafokuw no sahene no tee sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ bagyabagya. 32 Enti ntɛm ara, ɔfaa asraafo ne asraafo mpanyimfo, na wɔde mmirika kɔɔ hɔ. Bere a nkurɔfo no huu ɔsahene no ne asraafo no, wogyaee Paul hwe.
33 Ɛnna ɔsahene no kɔɔ hɔ kɔkyeree no, na ɔhyɛe sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn abien ngu no.+ Afei obisaa onipa ko a ɔyɛ, ne nea wayɛ. 34 Na nnipadɔm no mu bi fii ase teɛteɛɛm. Ebi ka sɛɛ, na ebi nso aka sɛɛ. Na dede no nti, wantumi anhu asɛm no mu yiye. Enti ɔhyɛe sɛ wɔmfa Paul mmra asraafo asoɛe hɔ. 35 Nanso bere a oduu stɛps no so no, nnipadɔm no basabasayɛ nti, asraafo no maa no so, 36 na nnipadɔm kɔɔ so dii akyi, na wɔteɛteɛɛm sɛ: “Munkum no!”*
37 Bere a wɔreyɛ de Paul adu asraafo asoɛe hɔ no, obisaa ɔsahene no sɛ: “Metumi aka asɛm bi akyerɛ wo anaa?” Ɛnna ɔsahene no nso bisaa no sɛ: “Wutumi ka Greek kasa? 38 Ɛnyɛ wone Egyptni a da bi wokekaa nkurɔfo ti boom ma wɔtew atua, a wode mmarima 4,000 a wɔtwe sekan kɔɔ sare so no?” 39 Ɛnna Paul kae sɛ: “Nea ɛte ne sɛ, meyɛ Yudani.+ Mifi Tarso+ a ɛwɔ Kilikia; kurow a mifi mu no agye din. Enti mesrɛ wo, ma me kwan ma menkasa nkyerɛ ɔmanfo no.” 40 Bere a ɔsahene no maa no kwan no, Paul gyinaa stɛps no so, na ohim ne nsa kyerɛɛ nnipa no. Bere a ɛhɔ yɛɛ dinn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Hebri kasa mu.+ Ɔkae sɛ:
22 “Mmarima, anuanom ne agyanom, muntie me mma minyi m’ano nkyerɛ mo.”+ 2 Bere a wɔtee sɛ ɔrekasa akyerɛ wɔn wɔ Hebri kasa mu no, ɛma wɔyɛɛ komm koraa. Na ɔkae sɛ: 3 “Meyɛ Yudani+ a wɔwoo me Tarso a ɛwɔ Kilikia,+ nanso Gamaliel+ na ɔkyerɛkyerɛɛ me* wɔ kurow yi mu sɛnea ɛbɛyɛ a medi agyanom Mmara so pɛpɛɛpɛ.+ Na mebɔɔ Onyankopɔn adwuma ho mmɔden sɛnea mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.+ 4 Wɔn a wɔnam Ɔkwan yi so no, metan wɔn ani, na mema wokum wɔn. Mekyekyeree mmarima ne mmea nyinaa, na mema wɔde wɔn guu afiase,+ 5 na ɔsɔfo panyin no ne mpanyimfo bagua no nyinaa di ho adanse. Wɔn ara nkyɛn nso na migyigyee nkrataa kɔmaa anuanom a wɔwɔ Damasko no, na na menam kwan so rekɔkyere wɔn a wɔwɔ hɔ no aba Yerusalem ama wɔatwe wɔn aso.
6 “Bere a menam kwan so a mereyɛ adu Damasko, bɛyɛ prɛmtobere* no, prɛko pɛ na hann kɛse bi hyerɛn fii soro twaa me ho hyiae,+ 7 na mitwa hwee fam. Ɛnna metee sɛ nne bi rebisa me sɛ: ‘Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani?’ 8 Mibuae sɛ: ‘Ɛyɛ wo hena, Owura?’ Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Ɛyɛ me Nasaretni Yesu a woretan m’ani no.’ 9 Mmarima a wɔka me ho no huu hann no, nanso wɔante asɛm a onipa no ne me kae no. 10 Ɛnna mekae sɛ, ‘Awurade, menyɛ dɛn?’ Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Sɔre, kɔ Damasko, na biribiara a wɔahyɛ ato hɔ sɛ yɛ no, wɔbɛka akyerɛ wo wɔ hɔ.’+ 11 Nanso esiane sɛ na hann no hyerɛn paa nti, na minhu hwee. Ɛno nti, wɔn a me ne wɔn nam no na esusoo me nsa de me kɔɔ Damasko.
12 “Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Anania. Ɔyɛ ɔbarima a osuro Nyankopɔn na odi Mmara no so, na na Yudafo a wɔtete hɔ nyinaa bɔ no din pa. 13 Saa ɔbarima no baa me nkyɛn, na obegyinaa me ho. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Onua Saul, san hu ade!’ Na ɛhɔ ara memaa m’ani so, na mihuu no.+ 14 Ɔkae sɛ: ‘Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo sɛ hu n’apɛde, na hu ɔtreneeni no,+ na te nsɛm a ɔde n’ano ka, 15 efisɛ nea woahu na woate no, wo na wubedi ho adanse akyerɛ nnipa nyinaa ama no.+ 16 Enti adɛn na woretwentwɛn wo nan ase? Sɔre, ma wɔmmɔ wo asu, na bɔ ne din+ ma ɛnhohoro wo bɔne.’+
17 “Na bere a mesan baa Yerusalem+ a merebɔ mpae wɔ asɔrefi hɔ no, minyaa anisoadehu, 18 na mihuu Awurade sɛ ɔreka akyerɛ me sɛ: ‘Ma wo ho nyɛ hare, na fi Yerusalem ntɛm, efisɛ me ho adanse a wudi no, wɔrennye ntom.’+ 19 Na mekae sɛ: ‘Awurade, wɔn ankasa nim yiye sɛ, na miwurawura hyiadan mu kɔkyere wɔn a wogye wo di no gu afiase hwe wɔn;+ 20 na bere a wɔrehwie wo dansefo Stefano mogya agu no, na migyina hɔ bi, na mepenee so, na mehwɛɛ wɔn a wɔrekum no no ntaade nguguso so.’+ 21 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Kɔ, efisɛ mɛsoma wo akɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri mu.’”+
22 Nkurɔfo no tiee no ara kosii sɛ ɔkaa saa asɛm no. Ɛnna wɔmaa wɔn nne so kae sɛ: “Kum saa ɔbarima yi fi asaase so, na ɔmfata sɛ ɔtena ase!” 23 Na wɔteɛteɛɛm totow wɔn ntaade gui, na wotuu mfuturu guu mframa mu.+ Ɛno nti, 24 ɔsahene no kae sɛ wɔmfa Paul mmra asraafo asoɛe hɔ, na ɔkae sɛ wɔmmɔ no mmaa nkosi sɛ ɔbɛka nea wayɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obehu ade pɔtee a ama wɔreteɛteɛm gu Paul so saa no. 25 Na bere a wɔtwee Paul mu a wɔrebɛbɔ no mmaa no, obisaa ɔsraani panyin a ogyina hɔ no sɛ: “Mmara ma kwan sɛ mobɔ Romani* mmaa bere a wommuu no fɔ anaa?”*+ 26 Bere a ɔsraani panyin no tee eyi no, ɔkɔɔ ɔsahene no nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ, na obisaa no sɛ: “Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Hwɛ, ɔbarima yi yɛ Romani.” 27 Enti ɔsahene no baa Paul nkyɛn bebisaa no sɛ: “Ka kyerɛ me, woyɛ Romani?” Ɛnna ɔkae sɛ: “Yiw.” 28 Ɔsahene no kae sɛ: “Sika kɛse paa na mede tɔɔ saa hokwan yi bɛyɛɛ ɔman ba.” Ɛnna Paul kae sɛ: “Me de, wɔde woo me.”+
29 Enti ntɛm ara, mmarima a anka wɔrebɛyɛ Paul ayayade ama waka nea wayɛ no twee wɔn ho fii ne ho. Bere a ɔsahene no hui sɛ Paul yɛ Romani, ɛnna ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no no, ɔbɔɔ hu.+
30 Bere a ade kyee no, na ɔpɛ sɛ ohu dekode pɔtee a enti Yudafo no abɔ Paul sobo no. Enti ɔsan no, na ɔmaa asɔfo mpanyin no ne Sanhedrin no nyinaa behyiaam. Afei ɔde Paul sianee, na ɔma okogyinaa wɔn mfinimfini.+
23 Paul hwɛɛ Sanhedrin bagua no dinn, na ɔkae sɛ: “Mmarima, anuanom, mede ahonim* pa+ abɔ me bra wɔ Onyankopɔn anim abesi nnɛ da yi.” 2 Ɛnna ɔsɔfo panyin Anania ka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina ne nkyɛn no sɛ wɔmmɔ n’ano so. 3 Na Paul ka kyerɛɛ no sɛ: “Onyankopɔn rebɛbɔ wo, wo ɔfasu a wɔaka ho fitaa. Woatena ase de Mmara no rebebu me atɛn, ɛnna bere koro no ara worebu Mmara no so aka sɛ wɔmmɔ me?” 4 Ɛnna wɔn a wogyinagyina hɔ no bisaa no sɛ: “Onyankopɔn sɔfo panyin na woreyeyaw no no?” 5 Na Paul kae sɛ: “Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin. Efisɛ wɔakyerɛw sɛ, ‘Nka obi a odi wo man so ho asɛmmɔne.’”+
6 Bere a Paul hui sɛ nnipa no fã yɛ Sadukifo, ɛnna fã nso yɛ Farisifo no, ɔteɛɛm wɔ Sanhedrin bagua no mu sɛ: “Mmarima, anuanom, meyɛ Farisini,+ Farisifo ba. Owusɔre a awufo benya no, ɛho anidaso nti na wɔrebu me atɛn yi.” 7 Asɛm a ɔkae yi nti, akasakasa baa Farisifo ne Sadukifo no ntam, na bagua no mu kyɛɛ abien. 8 Efisɛ Sadukifo no ka sɛ owusɔre anaa abɔfo anaa honhom nni hɔ, na Farisifo no de, wogye ne nyinaa di.*+ 9 Enti ɛhɔ yɛɛ gyegyeegye, na akyerɛwfo a wɔyɛ Farisifo no bi sɔree, na wɔkasakasae denneennen sɛ: “Yenhu mfomso biara wɔ onipa yi ho, nanso sɛ honhom anaa ɔbɔfo bi kasa kyerɛɛ no a,+ ɛnde—.” 10 Afei bere a akasakasa no yɛɛ kɛse no, na ɔsahene no suro sɛ wɔbɛtetew Paul mu. Enti ɔhyɛɛ asraafo no sɛ wonsian nkogye no mfi wɔn nsam, na wɔmfa no mmra asraafo asoɛe hɔ.
11 Anadwo a edi hɔ no, Awurade begyinaa ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Nya akokoduru!+ Na sɛnea woadi me ho adanse frenkyemm wɔ Yerusalem no, saa ara na ɛsɛ sɛ wudi adanse wɔ Roma nso.”+
12 Bere a ade kyee no, Yudafo no bɔɔ pɔw, na wɔkaa ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom kosi sɛ wobekum Paul. 13 Mmarima bɛboro 40 na wɔbɔɔ pɔw kaa ntam no. 14 Saa mmarima no kɔɔ asɔfo mpanyin no ne mpanyimfo no hɔ kɔkae sɛ: “Yɛadi nsew aka ntam sɛ yɛremfa hwee nka yɛn ano kosi sɛ yebekum Paul. 15 Enti mo ne Sanhedrin no nka nkyerɛ ɔsahene no sɛ, ɔmfa Paul mmrɛ mo. Monyɛ mo ho te sɛ nea mopɛ sɛ muhu n’asɛm no mu yiye no. Nanso yɛremma ommedu ha mpo na yɛakum no.”
16 Na Paul wɔfase* tee sɛ nkurɔfo no afa adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔtetɛw Paul, enti ɔbaa asraafo asoɛe hɔ bɛbɔɔ Paul amanneɛ. 17 Ɛnna Paul frɛɛ asraafo mpanyimfo no baako, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa aberante yi kɔ ɔsahene no hɔ, na ɔpɛ sɛ ɔka asɛm bi kyerɛ no.” 18 Enti ɔfaa no, na ɔde no kɔɔ ɔsahene no nkyɛn. Ɛnna ɔkae sɛ: “Ɔdeduani Paul frɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ memfa aberante yi mmrɛ wo, na ɔpɛ sɛ ɔka asɛm bi kyerɛ wo.” 19 Na ɔsahene no soo aberante no nsa de no kɔɔ nkyɛn, na obisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na wopɛ sɛ woka kyerɛ me no?” 20 Ɔkae sɛ: “Yudafo no ayɛ adwene sɛ, wɔbɛsrɛ wo ama wode Paul abrɛ Sanhedrin no ɔkyena. Wɔbɛyɛ wɔn ho te sɛ nea wɔpɛ sɛ wohu n’asɛm no mu yiye no.+ 21 Nanso mma wɔnnnaadaa wo, efisɛ wɔn mu mmarima bɛboro 40 akɔtetɛw no, na wɔaka ntam* sɛ wɔrennidi na wɔrennom kosi sɛ wobekum no.+ Na seesei wɔayɛ krado. Nea wɔretwɛn ara ne sɛ wobɛpene so ama wɔn.” 22 Enti ɔsahene no ka kyerɛɛ aberante no sɛ: “Nka nkyerɛ obiara sɛ woaka asɛm yi akyerɛ me.” Ɛnna ɔma ɔkɔe.
23 Na ɔfrɛɛ asraafo mpanyimfo baanu, ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma asraafo 200 mmoaboa wɔn ho, na momma asraafo 70 a wɔtete apɔnkɔ so, ne asraafo 200 a wokurakura mpeaw nso mmoaboa wɔn ho, na monkɔ Kaesarea anadwo dɔn a ɛto so abiɛsa* no mu. 24 Afei nso, mompɛ apɔnkɔ mma Paul ntena so nkɔ amrado Felike hɔ dwoodwoo.” 25 Ɛnna ɔkyerɛw krataa. Emu nsɛm ni:
26 “Me, Klaudio Lisia na merekyerɛw krataa yi. Merekyerɛw abrɛ wo, Onuonyamfo Amrado Felike: Asomdwoe nka wo! 27 Yudafo no kyeree ɔbarima yi a anka wɔrebekum no, nanso ntɛm ara na mede m’asraafo kogyee no,+ efisɛ mihui sɛ ɔyɛ Romani.+ 28 Ná mepɛ sɛ mihu sobo a wɔrebɔ no, enti mede no kɔɔ wɔn Sanhedrin bagua no anim.+ 29 Mihui sɛ wɔn Mmara no ho nsɛmnsɛm bi na wɔde abɔ no sobo,+ nso sobo no mu baako mpo nni hɔ a yebetumi agyina so akum no anaa yɛagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn de no ato afiase. 30 Nanso obi abɛka akyerɛ me sɛ nkurɔfo abɔ ɔbarima no ho pɔw.+ Ɛno nti na ntɛm ara mede no rebrɛ wo no. Maka akyerɛ wɔn a wɔwɔ biribi tia no no sɛ, wɔmmɛbɔ no kwaadu wɔ w’anim.”
31 Enti asraafo yi faa Paul+ sɛnea wɔahyɛ wɔn no, na wɔde no baa Antipatri anadwo no. 32 Ade kyee no, wɔmaa asraafo a wɔtete apɔnkɔ so no de no kɔe, na asraafo a aka no san baa asraafo asoɛe hɔ. 33 Asraafo a wɔtete apɔnkɔ so no kɔɔ Kaesarea de krataa no kɔmaa amrado no, na wɔde Paul nso hyɛɛ ne nsa. 34 Enti ɔkenkan krataa no, na obisaa Paul ɔmantam ko a ofi mu, na ohui sɛ ofi Kilikia.+ 35 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wɔn a wɔabɔ wo sobo no ba a,+ mɛyɛ aso atie wo yiye.” Na ɔhyɛe sɛ wɔnwɛn no wɔ Herode ahemfi* hɔ.
24 Nnanum akyi no, ɔsɔfo panyin Anania+ ne mpanyimfo bi ne mmaranimfo* bi a wɔfrɛ no Tertulo bae, na wɔde asɛm a wɔwɔ tia Paul no bɛtoo amrado+ no anim. 2 Bere a wɔfrɛɛ Tertulo no, ofii ase bɔɔ Paul sobo wɔ Felike anim sɛ:
“Wo nti, yɛwɔ asomdwoe kɛse, na esiane sɛ wudwen kɔ akyiri nti, nkɔso pii reba ɔman yi mu, 3 O Onuonyamfo Felike. Bere biara ne baabiara a yɛwɔ no, yɛde aseda kɛse ka nea woayɛ yi ho asɛm. 4 Mempɛ sɛ mesɛe wo bere pii, enti mesrɛ wo, w’ayamye nti, tie yɛn kakra. 5 Yɛahu sɛ ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfo,*+ na otutu gu Yudafo nyinaa asom+ ma wɔtew atua wɔ asaase nyinaa so, na matew-me-ho kuw a wɔfrɛ wɔn Nasaretfo no,+ ɔno na odi wɔn anim. 6 Ɔsan yɛe sɛ obegu asɔrefi no ho fĩ, enti yɛkyeree no.+ 7 *—— 8 Sɛ wo ara wubisa no a, wubehu nneɛma a yɛde abɔ no sobo yi nyinaa mu yiye.”
9 Ɛnna Yudafo no nso de wɔn ano too mu bi, na wɔkae sɛ nsɛm yi yɛ nokware. 10 Na amrado no bɔɔ ne ti nko kyerɛɛ Paul sɛ ɔnkasa. Enti Paul kae sɛ:
“Minim yiye sɛ woayɛ ɔman yi temmufo mfe pii. Enti ɛyɛ me dɛ sɛ merebɛkyerɛkyerɛ m’asɛm mu wɔ w’anim.+ 11 Bɛyɛ nnafua 12 ni na mekɔɔ* Yerusalem kɔsomee;+ wo ara wubetumi abisa mu ahwɛ. 12 Wɔanhu sɛ me ne obi regye akyinnye wɔ asɔrefi hɔ anaasɛ merekeka nkurɔfo ti bom ama wɔayɛ basabasa wɔ hyiadan mu anaa kurow no mu. 13 Nsɛm a wɔreka ato me so seesei yi nso, wɔrennya ho adanse biara mma wo. 14 Nanso migye tom wɔ w’anim sɛ, nea wɔfrɛ no matew-me-ho kuw no, ɛno ne ɔkwan a menam so som m’agyanom Nyankopɔn,+ efisɛ nea Mmara no ka a wɔakyerɛw wɔ Adiyifo no mu nyinaa,+ migye di. 15 Na mewɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu sɛ bere bi bɛba a atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo+ bɛsɔre afi awufo mu.+ Saa anidaso no ara bi na saa mmarima yi nso wɔ. 16 Ɛno nti, bere nyinaa meyere me ho sɛ mede ahonim pa* bɛbɔ me bra wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.+ 17 Mfe pii akyi no, mebae sɛ merebɛyɛ me man adɔe,+ na mabɔ afɔre. 18 Bere a mereyɛ eyinom no, wobehuu me wɔ asɔrefi hɔ. Ná madwira me ho,+ na na nnipadɔm anaa basabasayɛ biara nni hɔ. Nanso na Yudafo bi a wofi Asia mantam no mu wɔ hɔ. 19 Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔba w’anim, na sɛ wɔwɔ biribi tia me ampa a, wɔabɛka.+ 20 Wopɛ nso a, mmarima a ɛwɔ ha yi, ma wɔn ara nka bɔne a wohui bere a na migyina Sanhedrin no anim no. 21 Bere a migyina wɔn mu no, asɛm baako yi ara na meteɛɛm kae: ‘Owusɔre a awufo benya no, ɛno nti na ɛnnɛ wɔrebu me atɛn wɔ mo anim yi!’”+
22 Nanso, esiane sɛ na Felike nim Ɔkwan yi+ ho asɛm yiye nti, otuu nkurɔfo no asɛm no hyɛɛ da, na ɔkae sɛ: “Bere biara a ɔsahene Lisia bɛba no, mebua mo asɛm yi.” 23 Na ɔhyɛɛ ɔsraani panyin no sɛ ɔmfa ɔbarima no nsie, wɔnhwɛ na wɔanteetee no, na sɛ ne nkurɔfo bi ba sɛ wɔrebɛyɛ biribi ama no a, wɔmma wɔn kwan.
24 Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no bae, na ɔsoma kɔfrɛɛ Paul bae, na wotiee nea ɔka faa Kristo Yesu mu gyidi ho no.+ 25 Na bere a Paul kaa trenee ne ahohyɛso* ne atemmu a ɛbɛba ho asɛm no,+ ehu kaa Felike, na ɔkae sɛ: “Wo de, kɔ ansa, na minya bere a, mɛsan asoma abɛfrɛ wo.” 26 Saa bere no nyinaa, na n’ani da so sɛ Paul bɛma no sika. Enti na ɔtaa soma kɔfrɛ no ne no bɔ nkɔmmɔ. 27 Mfe abien akyi no, Porkio Festo bedii Felike ade; na esiane sɛ na Felike pɛ sɛ onya Yudafo no anim anuonyam nti,+ ogyaw Paul wɔ afiase.
25 Enti Festo+ baa ɔmantam no mu, na obefii n’adwuma ase. Ne nnansa so no, ofi Kaesarea foro kɔɔ Yerusalem. 2 Na asɔfo mpanyin ne Yudafo atitiriw no baa ne nkyɛn, na wɔde nsɛm a wɔwɔ tia Paul no bɛtoo n’anim.+ Na wofii ase paa Festo kyɛw 3 sɛ ɔnyɛ wɔn adom, na ɔnsoma nkɔfa Paul mmra Yerusalem. Nanso na wɔabɔ pɔw sɛ wɔbɛtetɛw Paul wɔ kwan so akum no.+ 4 Ɛnna Festo kae sɛ wɔmma Paul nna afiase wɔ Kaesarea, efisɛ ɛrenkyɛ ɔno ara nso bɛkɔ hɔ. 5 Ɔkae sɛ: “Enti momma mo mu atitiriw no ne me nkɔ, na sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbarima no ayɛ bɔne bi a, wɔabɔ no kwaadu.”+
6 Enti bere a odii wɔn nkyɛn bɛyɛ nnawɔtwe anaa nnafua du no, ɔkɔɔ Kaesarea. Bere a ade kyee no, ɔtenaa atemmu agua so, na ɔkae sɛ wɔmfa Paul mmra. 7 Bere a ɔbae no, Yudafo a wofi Yerusalem bae no betwaa ne ho hyiae, na wɔkaa nsɛm akɛse bebree guu no so, nanso wɔantumi amfa ho adanse biara amma.+
8 Na Paul yii ano sɛ: “Menyɛɛ bɔne biara a etia Yudafo Mmara anaa asɔrefi no anaa Kaesare.”+ 9 Ná Festo pɛ sɛ onya Yudafo no anim anuonyam,+ enti obisaa Paul sɛ: “Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem ma wodi asɛm no wɔ m’anim wɔ hɔ anaa?” 10 Ɛnna Paul kae sɛ: “Migyina Kaesare atemmu agua anim, na ɛha na ɛsɛ sɛ wodi m’asɛm. Menyɛɛ Yudafo no bɔne biara, sɛnea wo ara nso woahu no yiye no. 11 Sɛ meyɛ ɔbɔnefo ampa, na sɛ mayɛ biribi a enti ɛsɛ sɛ miwu a,+ merenka sɛ wonyaa me; wonkum me. Nanso sɛ asɛm a mmarima yi de ato me so yi mu biara nyɛ nokware a, ɛnde onipa biara rentumi mfa me nhyɛ wɔn nsa mfa nsɔ wɔn ani. Mede asɛm no dan Kaesare!”*+ 12 Ɛnna Festo ne n’afotufo kosusuw asɛm no ho. Bere a wowiei no, ɔka kyerɛɛ Paul sɛ: “Kaesare na wode asɛm no adan no,* enti Kaesare hɔ na wobɛkɔ.”
13 Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Bernike baa Kaesarea bekyiaa Festo maa no amo. 14 Ná wobedi nna pii wɔ hɔ, enti Festo de Paul asɛm no too ɔhene no anim. Ɔkae sɛ:
“Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaw no afiase. 15 Bere a mewɔ Yerusalem no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo no de ne ho asɛm bɛtoo m’anim,+ na wɔsrɛɛ me sɛ mimmu no fɔ. 16 Nanso meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ Romafo amammerɛ sɛ wobebu obi fɔ de asɔ wɔn a wɔabɔ no kwaadu no ani bere a onnyaa kwan nyii n’ano wɔ wɔn anim wɔ asɛm a wɔde ato no so no ho.+ 17 Enti bere a wobeduu ha no, mantwentwɛn me nan ase. Ade kyee ara na metenaa atemmu agua so kae sɛ wɔmfa ɔbarima no mmra. 18 Bere a wɔn a wɔrebɔ no kwaadu no sɔre gyinaa hɔ no, wofii ase kasae. Nanso bɔne a na misusuw sɛ ɔbarima no ayɛ no, ɛnyɛ emu biara na wɔde too no so.+ 19 Mmom ɔkwan a wɔn ankasa fa so som wɔn nyame* ho akyinnye bi na wɔne no gyei.+ Afei nso, wɔne no gyee akyinnye wɔ Yesu bi a owui a Paul ka no denneennen sɛ ɔte ase ho.+ 20 Ná minhu nea menyɛ wɔ akyinnyegye no ho, enti mibisaa no sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem ma wokodi asɛm no wɔ hɔ anaa.+ 21 Nanso Paul kae sɛ wɔmma ɔnna afiase nkosi sɛ Onuonyamfo*+ no bebua asɛm no. Enti mekae sɛ wɔmma ɔnna hɔ nkosi sɛ mede no bɛkɔ akɔma Kaesare.”
22 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: “Me ara mepɛ sɛ mitie ɔbarima no.”+ Ɛnna ɔkae sɛ: “Ɔkyena wubetie no.” 23 Enti ade kyee no, Agripa ne Bernike bae a wɔahyehyɛ wɔn ho kɔsɔɔ, na wɔne asahene ne kurow no mu atitiriw no kɔɔ baabi a wotie asɛm no. Afei Festo kae sɛ wɔmfa Paul mmra, enti wɔde no bae. 24 Na Festo kae sɛ: “Ɔhene Agripa ne mo a mo ne yɛn wɔ ha nyinaa, saa ɔbarima a mo ani tua no yi, ɔno na Yudafo no nyinaa de ne ho asɛm bɛtoo m’anim wɔ Yerusalem ne ɛha nso no. Ɔno na Yudafo no teɛteɛɛm sɛ ɛnsɛ sɛ ɔtena nkwa mu bio no.+ 25 Nanso mihui sɛ ɔnyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ owu.+ Enti bere a ɔbarima no ara de asɛm no dan Onuonyamfo no, meyɛe sɛ mede no bɛkɔ akɔma no. 26 Nanso minhu asɛm pɔtee a menkyerɛw mfa ne ho nkɔma me Wura. Ɛno nti na mede no aba mo nyinaa anim no, titiriw wo, Ɔhene Agripa, na sɛ wohwehwɛ asɛm no mu wie a, manya biribi akyerɛw. 27 Efisɛ mihu sɛ ntease nnim sɛ mede ɔdeduani bɛkɔ a merenkyerɛ asɛm a wɔde ato no so.”
26 Agripa+ ka kyerɛɛ Paul sɛ: “Wowɔ hokwan sɛ wuyi w’ano.” Enti Paul teɛɛ ne nsa, na ofii ase kaa n’asɛm sɛ:
2 “Nea Yudafo no de abɔ me sobo nyinaa,+ ɛyɛ me dɛ sɛ wo Ɔhene Agripa anim na merebeyi m’ano nnɛ da yi. 3 Nea enti a ɛyɛ me dɛ paa ne sɛ, Yudafo amanne nyinaa ne nneɛma a wogye ho akyinnye no, wunim no yiye. Enti mesrɛ wo, tɔ wo bo ase tie me.
4 “Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea mebɔɔ me bra wɔ me man* mu ne Yerusalem fii me mmofraase no, Yudafo a+ 5 wonim me dedaw no nyinaa nim no yiye. Na sɛ wɔpɛ a, wobetumi adi adanse sɛ mebɔɔ me bra sɛ Farisini+ a odi yɛn som mu amanne so pɛpɛɛpɛ.+ 6 Nanso seesei, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn agyanom no, ɛho anidaso+ nti na wɔredi m’asɛm yi. 7 Saa bɔhyɛ yi ara nti na yɛn mmusuakuw 12 no resom no denneennen awia ne anadwo, efisɛ wɔn ani da so sɛ ɛbɛba mu. Ɔhene, saa anidaso yi nti na Yudafo abɔ me kwaadu yi.+
8 “Adɛn nti na munnye nni* sɛ Onyankopɔn nyan awufo? 9 Me nso, na migye di paa sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nneɛma pii de ko tia Nasaretni Yesu din. 10 Na saa pɛpɛɛpɛ na meyɛe wɔ Yerusalem. Mekyeree akronkronfo bebree guu afiase,+ efisɛ minyaa tumi fii asɔfo mpanyin no hɔ.+ Na sɛ ɛba sɛ wobekum wɔn a, na mepene so. 11 Metwee wɔn aso mpɛn pii wɔ hyia adan nyinaa mu, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛhyɛ wɔn ama wɔapo wɔn gyidi. Na esiane m’ani a na abere wɔn so denneennen nti, mekɔɔ nkurow foforo so mpo kɔtan wɔn ani wɔ hɔ.
12 “Bere a migu so reyɛ eyi no, da bi, na menam kwan so de tumi ne ahyɛde a minya fii asɔfo mpanyin no hɔ rekɔ Damasko. 13 Ɔhene, bere a menam kwan so prɛmtobere* no, mihui sɛ hann bi a ano yɛ den sen owia fi soro ahyerɛn atwa me ho ahyia, na etwaa wɔn a wɔne me rekɔ no nso ho hyiae.+ 14 Na bere a yɛn nyinaa hwehwee fam no, metee sɛ ɛnne bi reka kyerɛ me wɔ Hebri kasa mu sɛ: ‘Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani? Sɛ wokɔ so tu wo nan de wɔ poma* ano a, ɛbɛyɛ den ama wo.’ 15 Na mekae sɛ: ‘Ɛyɛ wo hena, Owura?’ Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Ɛyɛ me Yesu a woretan m’ani no. 16 Nanso sɔre gyina wo nan so. Na eyi nti na mayi me ho adi akyerɛ wo: Nea woahu ne nea mɛma woahu afa me ho nyinaa, mereyi wo sɛ ɛho somfo ne dansefo.+ 17 Na megye wo afi ɔman yi ne amanaman no nsam. Wɔn na meresoma wo akɔ wɔn nkyɛn,+ 18 sɛnea ɛbɛyɛ a wubebue wɔn ani,+ na woadan wɔn afi sum+ mu aba hann+ mu, na wɔafi Satan tumi ase+ aba Onyankopɔn nkyɛn, na ama wɔanya bɔnefakyɛ,+ na wɔanya agyapade wɔ wɔn a wɔanya me mu gyidi ama wɔn ho atew no mu.’
19 “Enti Ɔhene Agripa, anisoadehu a efi soro no, manyɛ ho asoɔden. 20 Mmom midii kan kasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko,+ ɛnna akyiri yi mekasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Yerusalem,+ ne wɔn a wɔwɔ Yudea mantam nyinaa mu, ne amanaman no nso. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnsakra wɔn adwene, na wɔnyɛ nnwuma a ɛkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene,+ na wɔmfa so nnan mmra Onyankopɔn nkyɛn. 21 Eyi nti na Yudafo no kyeree me wɔ asɔrefi hɔ a wɔyɛe sɛ wobekum me no.+ 22 Nanso boa a Onyankopɔn aboa me nti na makɔ so atena hɔ abedu nnɛ a meredi adanse akyerɛ nketewa ne akɛse nyinaa yi. Menkaa hwee, gye nea Adiyifo no ne Mose kae sɛ ɛbɛba no.+ 23 Ɛno ne sɛ, Kristo no behu amane,+ na esiane sɛ ɔno na wɔadi kan anyan no afi awufo mu+ nti, ɔbɛbɔ hann ho dawuru akyerɛ nkurɔfo yi ne amanaman no.”+
24 Bere a Paul reka nsɛm yi de ayi n’ano no, Festo de nne kɛse teɛɛm sɛ: “Paul, worebɔ dam! Adesua bebrebe reyɛ ama woabɔ dam!” 25 Ɛnna Paul kae sɛ: “Onuonyamfo Festo, ɛnyɛ dam na merebɔ. Mmom nsɛm a mereka no yɛ nokware, na m’adwenem da hɔ paa na merekasa. 26 Nea ɛwom ne sɛ, ɔhene a mede ahotoso rekasa akyerɛ no yi, onim nsɛm yi mu yiye, na migye di sɛ nsɛm yi mu biara nni hɔ a ahintaw no, efisɛ emu biara nni hɔ a wɔyɛe wɔ kokoam.+ 27 Ɔhene Agripa, wugye Adiyifo no di anaa? Minim sɛ wugye wɔn di.” 28 Na Agripa ka kyerɛɛ Paul sɛ: “Aka kakraa bi na woama madan Kristoni.” 29 Ɛnna Paul kae sɛ: “Sɛ aka kakraa bi oo, sɛ ɛbɛkyɛ oo, me yam a anka Onyankopɔn ama woabɛyɛ sɛ me. Ɛnyɛ wo nko ara, na mmom wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa nso. Afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn yi nko ara na mempɛ sɛ wɔde gu mo.”
30 Na ɔhene no sɔree, na amrado no ne Bernike ne mmarima a wɔne wɔn tete hɔ no nso sɔree. 31 Na bere a wɔrefi hɔ no, wofii ase kekae sɛ: “Ɔbarima yi nyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ owu anaa wɔde afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn gu no.”+ 32 Ɛnna Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: “Sɛ ɛnyɛ sɛ ɔbarima yi de asɛm no akɔdan Kaesare a, anka yebetumi agyaa no.”+
27 Na wosii gyinae sɛ yɛmfa po so hyɛn nkɔ Italy.+ Enti wɔde Paul ne nneduafo foforo bi hyɛɛ ɔsraani panyin bi nsa. Ná wɔfrɛ no Yulio, na na ofi Augusto asraafokuw no mu. 2 Ná po so hyɛn bi fi Adramitio a ɛrebetu akɔ po so hyɛn gyinabea a ɛwowɔ mpoano wɔ Asia mantam mu no. Enti yɛkɔforoe, ɛnna yetui. Ná Aristarko+ a ɔyɛ Makedoniani a ofi Tesalonika no ka yɛn ho. 3 Bere a ade kyee no, yegyinaa Sidon, na Yulio daa ayamye* adi kyerɛɛ Paul, na ɔmaa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no.
4 Na yefi hɔ faa ɛpo so, na esiane sɛ na mframa no rebɔ hyia yɛn nti, yɛde yɛn ani kyerɛɛ baabi a ɛbɛma Kipro* agye yɛn afi mframa no ano. 5 Na yɛnam po so faa Kilikia ne Pamfilia, na yegyinaa Mira po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Likia no. 6 Ɛhɔ na ɔsraani panyin no huu ɛpo so hyɛn bi a efi Aleksandria rekɔ Italy, na ɔma yɛforoe. 7 Yedii nna pii wɔ kwan so; yɛbrɛɛ mu paa, na nkakrankakra yebeduu Knido. Esiane sɛ na mframa no rebɔ hyia yɛn nti, na yentumi nkɔ yɛn anim. Ɛno nti, yɛfaa Salmone, baabi a na ɛbɛma Kreta agye yɛn afi mframa no ano. 8 Na yɛde animia faa ɛpo no anoano beduu baabi a wɔfrɛ hɔ Ɛpo So Hyɛn Gyinabea Pa, a ɛbɛn Lasea kurow no.
9 Ná nna pii atwam, na na ɛyɛ hu sɛ yɛbɛtoa akwantu no so, efisɛ na Mpata Da+ akɔnkyen* bere no mpo atwam. Ɛno nti Paul tuu wɔn fo. 10 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, mitumi hu sɛ, sɛ yɛtoa akwantu yi so a, nneɛma bɛsɛe, na yɛbɛhwere ade paa. Ɛnyɛ hyɛn no ne emu nneɛma nko na ɛbɛsɛe, na mmom yɛbɛhwere yɛn nkwa* nso.” 11 Nanso, ɔsraani panyin no tiee ɔhyɛnkafo no ne hyɛn wura no asɛm sen nea Paul kae no. 12 Edu awɔw bere a, na awɔw wɔ ɛpo so hyɛn gyinabea hɔ paa. Ɛno nti, nnipa dodow no ara kae sɛ yemfi hɔ nhwɛ sɛ ebia yebetumi akodu Foinise na yɛatwɛn wɔ hɔ ama awɔw bere no atwam a. Foinise yɛ ɛpo so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Kreta, na na wutumi fa atifi fam apuei ne anaafo fam apuei kɔ hɔ.
13 Na bere a anaafo fam mframa no bɔɔ brɛoo no, ɛyɛɛ wɔn sɛ, nea wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no bɛyɛ yiye. Enti wotuu sɛkyɛ no, na wɔfaa Kreta mpoano kɔe. 14 Nanso ankyɛ koraa na mframa kɛse bi a wɔfrɛ no Eurakilo* bɔe denneennen. 15 Mframa no bɔ hyiaa ɛpo so hyɛn no denneennen, na na entumi nnyina mframa no ano, enti yegyae maa mframa no twee yɛn kɔe. 16 Afei yɛde yɛn ani kyerɛɛ baabi a ɛbɛma supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Kauda agye yɛn afi mframa no ano, nanso yɛbrɛɛ mu ansa na yɛn nsa reka ɔkorow* a ɛbɔ po so hyɛn no to no. 17 Na bere a wɔmaa so baa hyɛn no mu no, wɔde nhama faa po so hyɛn no ase kyekyeree po so hyɛn no denneennen. Na esiane sɛ na wosuro sɛ wɔbɛkɔ akotim Sirti* anwea no mu nti, nhama a na ekura mframatam no mu no, wogow mu maa mframatam no baa fam, na mframa no ara de yɛn kɔe. 18 Esiane sɛ na mframa a ano yɛ den no retotow yɛn denneennen nti, ade kyee no, wofii ase yiyii hyɛn no mu nneɛma no bi tow gui. 19 Na ne nnansa so no, wɔde wɔn nsa yiyii po so hyɛn no ho nneɛma bi tow gui.
20 Owia ne nsoromma ampue nna bebree, na mframa a ano yɛ den* bɔɔ yɛn. Enti anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya nkwa no nyinaa sae. 21 Nna pii twaam a na wonnidii. Ɛnna Paul sɔre gyinaa wɔn mfinimfini kae sɛ: “Mmarima, nokwasɛm ni, ɛsɛ sɛ anka mutie m’afotu no. Sɛ moamfi Kreta ansi po so a, anka nneɛma ansɛe amma moanhwere ade saa.+ 22 Nanso, munnya akokoduru, efisɛ mo mu* baako mpo renyera, gye po so hyɛn no nko ara. 23 Anadwo yi, me Nyankopɔn a meyɛ ne dea a mesom no no bɔfo+ begyinaa me nkyɛn, 24 na ɔkae sɛ: ‘Paul, nsuro. Ɛsɛ sɛ wugyina Kaesare anim.+ Na hwɛ! Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo te hyɛn yi mu nyinaa akyɛ wo.’ 25 Enti mmarima, munnya akokoduru, na migye di sɛ Onyankopɔn bɛma nea wɔaka akyerɛ me no aba mu pɛpɛɛpɛ. 26 Nanso yɛbɛkɔ akogu supɔw bi mpoano.”+
27 Anadwo a ɛto so 14 no, na mframa no de yɛn redi akɔneaba wɔ Adria Po no so. Bere a eduu ɔdasum no, hyɛn mu adwumayɛfo no hui sɛ ayɛ sɛ nea wɔrebɛn asaase bi. 28 Na wɔtow susuhama no kɔɔ nsu no ase, na wohui sɛ ɛyɛ abasam* 20. Enti wɔkɔɔ kakra, ɛnna wosusuwii bio hui sɛ ɛyɛ abasam 15.* 29 Ná wosuro sɛ anhwɛ a na yɛakɔhwe abotan so, enti wɔtow asɛkyɛ anan fii po so hyɛn no akyi. Na wɔn yam a, na anka ade akye. 30 Ná hyɛn no mu adwumayɛfo pɛ sɛ woguan fi hyɛn no mu. Enti wɔhyɛɛ da yɛe sɛ wɔrekɔsan asɛkyɛ afi hyɛn no anim, na wogyaagyaa ɔkorow no mu sɛ wɔde resi po no so. 31 Ɛnna Paul ka kyerɛɛ ɔsraani panyin no ne asraafo no sɛ: “Sɛ mmarima yi antena po so hyɛn yi mu a, morentumi nnya nkwa.”+ 32 Ɛnna asraafo no twitwaa nhama a ekura ɔkorow no mu no, na wɔma ɛkɔe.
33 Bere a ade reyɛ akye no, Paul hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnidi, na ɔkae sɛ: “Nnafua 14 ni na moatwɛn denneennen a momfaa aduan biara nkaa mo ano. 34 Enti mesrɛ mo, munni biribi kakra; ɛbɛboa mo, efisɛ mo mu biara nni hɔ a ne ti nwi baako mpo bɛyera.” 35 Bere a ɔkaa eyi no, ɔfaa paanoo, na ɔdaa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim. Afei obuu bi, na ofii ase dii. 36 Enti wɔn nyinaa nyaa akokoduru, na wɔn nso fii ase didii. 37 Ná nnipa* a yɛwɔ po so hyɛn no mu yɛ 276. 38 Bere a wodidi mee no, wɔtotow hwiit a ɛwɔ hyɛn no mu no guu po no mu sɛnea emu bɛyɛ hare.+
39 Bere a ade kyee no, na wonhu asaase no,+ na mmom wohuu mpoano bi wɔ baabi a ɛpo no adidi kɔ asaase no mu,* na wosii wɔn bo sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔde po so hyɛn no bɛkɔ mpoano hɔ. 40 Enti wotwitwaa asɛkyɛ no ma eguu po mu, na bere koro no ara wɔsansan akyerɛkyerɛkwan hama no, na wɔmaa mframatam a ɛwɔ hyɛn no anim no so hwɛɛ mframa no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ mpoano hɔ. 41 Bere a wɔkɔpem anwea bi a esum hɔ wɔ po no mu no, hyɛn no anim timii na ɛkaa hɔ, na n’akyi no de, asorɔkye a na ɛrebɔ denneennen no bubuu no asinasin.+ 42 Enti asraafo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wobekunkum nneduafo no, efisɛ na wɔmpɛ sɛ wɔn mu biara beguare aguan akɔ. 43 Nanso na ɔsraani panyin no awe ataa so sɛ obegye Paul nkwa, enti wamma wɔn kwan amma wɔanyɛ nea wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no. Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wobetumi aguare no sɛ wɔntow wɔn ho ngu po no mu, na wonguare nni kan nkɔ asaase so. 44 Wɔn a aka no, ɔkae sɛ wommutubutuw ntaaboo so ne hyɛn no mu nneɛma bi so nni wɔn akyi. Enti yɛn nyinaa duu asaase so dwoodwoo.+
28 Bere a yekoduu dwoodwoo no, yehui sɛ wɔfrɛ saa supɔw no Malta.+ 2 Nnipa a ɛwɔ hɔ a wɔka pɔtɔ kasa* no daa ayamye soronko* adi kyerɛɛ yɛn. Na osu a na ɛretɔ ne awɔw a ɛwom nti, wɔsɔɔ ogya gyee yɛn nyinaa kama. 3 Nanso bere a Paul boaboaa nnua nketenkete bi ano de guu ogya no so no, ɔhyew no nti, ahurutoa* bi fii mu bɛkyekyeree ne nsa. 4 Bere a nnipa a ɛka pɔtɔ kasa no hui sɛ aboa bɔne no sɛn ne nsa ho no, wofii ase kekae sɛ: “Ampa ara, ɔbarima yi yɛ owudifo. Ɛwom sɛ wafi ɛpo no mu abedu dwoodwoo de, nanso Atɛntrenee* amma wankɔ so antena ase.” 5 Nanso Paul petee aboa no guu ogya no mu, na hwee anyɛ no. 6 Ná wɔrehwɛ kwan sɛ ɔrebɛhonhon anaasɛ ɔrebetwa ahwe awu amonom hɔ ara. Nanso bere a wɔtwɛn bere tenten a wohui sɛ bɔne biara anto no no, wɔsesaa wɔn adwene, na wofii ase kae sɛ ɔyɛ onyame.
7 Ná nsaase bi wɔ mpɔtam hɔ, na na ɛyɛ supɔw no so okunini bi a wɔfrɛ no Publio dea. Saa ɔbarima yi gyee yɛn fɛw so, na ɔde nnansa som yɛn hɔho kama. 8 Ná Publio papa da mpa so a ɔyare atiridii ne ayamtu.* Enti Paul kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbɔɔ mpae, na ɔde ne nsa guu no so saa no yare.+ 9 Eyi sii akyi no, supɔw no so nnipa a aka a wɔyare no nso fii ase baa ne nkyɛn ma ɔsaa wɔn yare.+ 10 Nkurɔfo no nso kyɛɛ yɛn nneɛma pii de kyerɛɛ anisɔ. Na bere a yɛrefi hɔ akɔ no, wɔde biribiara a yehia maa yɛn, na wɔde guu ɛpo so hyɛn no mu.
11 Abosome abiɛsa akyi no, yɛfaa ɛpo so hyɛn bi a n’ahyɛnsode ne “Seus Mma.” Ná ɛhyɛn no fi Aleksandria, na na abetwa awɔw bere no wɔ supɔw no so. 12 Na yekogyinaa Sirakusa po so hyɛn gyinabea, na yedii nnansa wɔ hɔ. 13 Bere a yetu fii hɔ no, yɛtoaa so koduu Regio. Na da a edi hɔ no, anaafo mframa bi bɔe maa ne nnanu so no, yekoduu Puteoli. 14 Yehuu anuanom wɔ hɔ, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnanson. Afei yɛde yɛn ani kyerɛɛ Roma. 15 Bere a anuanom tee yɛn nka no, wofi hɔ behyiaa yɛn wɔ Apia Gua so ne Nsadan-Mmiɛnsa tɔnn. Na bere a Paul huu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ne koma tɔɔ ne yam.+ 16 Afei de, yetumi koduu Roma. Na wɔmaa Paul kwan maa ɔno nko ara kɔtenae, na na ɔsraani a ɔwɛn no no ka ne ho.
17 Nnansa akyi no, ɔfrɛɛ Yudafo no mu atitiriw no hyiae. Bere a wohyiae no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, anuanom, ɛwom sɛ menyɛɛ biribiara a etia ɔmanfo anaa yɛn agyanom amanne de,+ nanso wɔde me hyɛɛ Romafo nsa sɛ ɔdeduani wɔ Yerusalem.+ 18 Na bere a wɔhwehwɛɛ asɛm no mu wiei no,+ na wɔpɛ sɛ wogyaa me, efisɛ na menyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ wokum me.+ 19 Nanso Yudafo no ampene. Ɛno na ɛma mede asɛm no kɔdan Kaesare,+ na ɛnyɛ sɛ ebia mewɔ biribi a mede rebɔ me man kwaadu. 20 Saa asɛm yi ho nti na mekae sɛ mepɛ sɛ mihu mo, na me ne mo kasa, efisɛ Israel anidaso no nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me.”+ 21 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yennyaa wo ho krataa biara mfii Yudea, na anuanom a wofi hɔ bae no mu biara nso mmɛbɔɔ wo ho amanneɛ, na wɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne biara. 22 Nanso yesusuw sɛ ɛyɛ papa sɛ yebetie w’adwene efisɛ nokwasɛm ni, matew-me-ho kuw yi+ de, yenim sɛ nkurɔfo kasa tia wɔ baabiara.”+
23 Afei wɔhyɛɛ da a wɔne no behyia, na saa da no, nnipa pii baa baabi a ɔte no sen kan no. Na ɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no mu kyerɛɛ wɔn, na odii Onyankopɔn Ahenni ho adanse frenkyemm, na ɔnam Mose Mmara+ ne Adiyifo no+ so kaa Yesu ho nsɛm+ a ɛtɔ asom, fi anɔpa kosii anwummere. 24 Ebinom fii ase gyee nea ɔkae no dii; ebinom nso annye anni. 25 Esiane sɛ na wɔn adwene nhyia nti, wofii ase sɛ wɔrekɔ. Ɛnna Paul kaa asɛm baako yi sɛ:
“Honhom kronkron nam odiyifo Yesaia so kaa no yiye kyerɛɛ mo agyanom 26 sɛ, ‘Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: “Ɔte de, mobɛte nanso morente ase, na ɔhwɛ de, mobɛhwɛ nanso morenhu.+ 27 Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔde wɔn aso atie kwa. Wɔakata wɔn ani sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ani nhu da, na wɔremfa wɔn aso ntie, na wɔremfa wɔn koma nte ase, na wɔansakra amma mansa wɔn yare.”’+ 28 Enti munhu sɛ, nkwagye a efi Onyankopɔn hɔ yi, wɔde kɔ amanaman no mu;+ na sɛnea ɛte biara, wobetie.”+ 29 *——
30 Enti odii mfe abien mua wɔ hɔ wɔ ofi a ɔno ara agye tua ho ka+ mu, na ogyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn no nyinaa kama. 31 Ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔde akokoduru kɛse kyerɛkyerɛɛ Awurade Yesu Kristo ho ade,+ na biribiara ansiw no kwan.
Anaa “Ɛnyɛ mo dea sɛ mubehu.”
Anaa “Ngo Bepɔw.”
Anaa “bɛyɛ km. baako.”
Anaa “koma koro.”
Anaa “nnipadɔm.”
Nt., “redi akɔneaba.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “ɔman fii ho.”
Greek kasa mu no, Pentekoste kyerɛ “Nea Ɛto So Aduonum.” Saa afahyɛ yi, na wodi no Nisan 16 akyi adaduonum.
Anaa “kasa foforo.”
Anaa “aman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa.”
Anaa “kasa a wɔde twaa ne funuma yi?; kasa a wɔde woo no yi?”
Anaa “nneɛma akɛse.”
Anaa “Bobesa foforo.”
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anɔpa nnɔn 9.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “asi gyinae.”
Ebetumi nso akyerɛ, “nhama.”
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “me honam bɛtena.”
Anaa “me kra.”
Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wo nokwafo.”
Anaa “nhu porɔwee.”
Nt., “n’asen mu aba baako.”
Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “anhu porɔwee.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “akra.”
Anaa “obiara kyɛɛ ne yɔnko ade.”
Anaa “ɔkra biara.”
Anaa “koma koro.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “reforo akɔ.”
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia nnɔn 3.
Anaa “mopaa no wɔ Pilato anim.”
Anaa “mopaa no.”
Nt., “befi Yehowa anim.” Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “ɔkra biara.”
Nt., “w’aba.”
Kyerɛ sɛ, Yesu.
Anaa “wɔde Yesu nhwɛso no reka owusɔre ho asɛm kyerɛ.”
Anaa “ná onwini adwo dedaw.”
Kyerɛ sɛ, na wɔnkɔɔ Rabifo sukuu no bi; ɛnkyerɛ sɛ na wonnim nhoma koraa.
Anaa “mummu ho atɛn.”
Anaa “koma koro.”
Anaa “nsɛnhunu.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “ne Kristo no.”
Nt., “nsa.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “wowiee wɔn nkotosrɛ no.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “apirim wo koma.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “wɔn anammɔn na ɛwɔ ɔpon ano no.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “wɔn a wotie no sɛ sodifo.”
Anaa “ɛwowɔɔ wɔn.”
Nt., “Ɛnsɔ ani.”
Anaa “wɔne nnipa bi hyehyɛɛ ho.”
Nt., “n’aba.”
Nt., “n’aba.”
Anaa “wɔadi wɔn ani.”
Anaa “duatwa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Isak nso yɛɛ Yakob saa ara.”
Anaa “tete agyanom.”
Anaa “akra.”
Anaa “ne ho yɛ fɛ wɔ Onyankopɔn anim.”
Anaa “wɔtetee no.”
Anaa “ɔyɛɛ n’adwene.”
Anaa “akɔhwɛ.”
Anaa “nam ne nsa so.”
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “Asobrakyefo.”
Nt., “koma ne aso mu momonotofo.”
Anaa “wofii ase twɛree wɔn se guu no so.”
Nt., “honhom.”
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “ɔdae.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Samaria kurow bi.”
Anaa “nyera.”
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “bɔnwoma nwenenwene.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “opiani.”
Anaa “baabi a n’ase fi?”
Anaa “ne nkwa.”
Anaa “opiani.”
Anaa “opiani.”
Anaa “opiani.”
Hwɛ Nkh. A3.
Anaa “opiani.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “opiani.”
Anaa “akyekyere.”
Nt., “ɔnkyekyere wɔn; ɔmfa wɔn ngu mpokyerɛ mu.”
Anaa “biribi a ɛte sɛ abon.”
Nt., “sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyekyere wɔn na ɔde wɔn akɔma.”
Anaa “Saul kɔɔ so kwadaree n’asɛnka mu.”
Anaa “wɔde no sian baa.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “osian kɔɔ.”
Greek din Dorka ne Aram din Tabita no, ne nyinaa kyerɛ “Ɔwansan.”
Anaa “ɔhyɛ mmoa nhoma aduru.”
Anaa “ɔha so panyin.” Kyerɛ sɛ, asraafo 100 hyɛ n’ase.
Ɛyɛ Romafo asraafodɔm a wɔn dodow yɛ 600.
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia nnɔn 3.
Anaa “ɔhyɛ mmoa nhoma aduru.”
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.
Nt., “dadesɛn bi.”
Anaa “mmoa a wɔwea fam.”
Nt., “dadesɛn.”
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia nnɔn 3.
Anaa “ɔhyɛ mmoa nhoma aduru.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “anokwafo.”
Anaa “dua.”
Anaa “kasa foforo.”
Anaa “wɔn a wɔtaa twetiatwa akyi.”
Anaa “ne no nyaa akasakasa.”
Anaa “wontwaa wɔn dua.”
Nt., “dadesɛn bi.”
Anaa “nwera.”
Anaa “mmoa a wɔwea fam.”
Nt., “wɔyɛɛ dinn.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “wonsi wɔn adwene pi na wɔmmata Awurade ho.”
Anaa “bɛkaa Awurade ho.”
Anaa “wodii kan too asuafo no din sɛ.”
Anaa “sian fii.”
Anaa “wɔde akɔsom.”
Anaa “wɔde faa Barnaba ne Saul nsa so.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Anaa “obeyi no apue na wadi n’asɛm wɔ ɔman no anim.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “Bɔ w’abɔso; Bɔ w’asen.”
Anaa “wɔfaa borɔn bi so kɔɔ anim kakra.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “osian kɔɔ.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “wɔredi mmuada.”
Anaa “Ná Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.”
Ɔpanyin a ɔhwɛ Roma mantam bi so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “basa.”
Anaa “ɔmaa Dawid so maa wɔn sɛ ɔhene.”
Nt., “aba.”
Anaa “foro kɔɔ.”
Anaa “ɛyɛ nokware.”
Anaa “nhu porɔwee.”
Nt., “ɔdae.”
Anaa “ohuu ɔporɔw.”
Anaa “wanhu ɔporɔw.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “nhwiren a wɔakyekyere.”
Anaa “wannyae ne ho adansedi.”
Anaa “Wɔhyɛɛ asuafo no akra den.”
Anaa “dii mmuada.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “dua.”
Anaa “mforo nkɔ.”
Anaa “asɛm a wɔregye ho akyinnye.”
Anaa “wogyee asɛm no ho akyinnye pii.”
Anaa “sese; apata; fi.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔn kra.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Yekyia mo!”
Hwɛ Nkh. A3.
Hwɛ Nkh. A5.
Ebetumi nso akyerɛ, “Sɛnea ɛte biara, ma yɛnsan nkɔ.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “twaa ne dua.”
Ná ɛnyɛ kurow a ɛwɔ Italia, nso na kurow no mufo wɔ hokwan titiriw bi.
Anaa “aduru kɔkɔɔ a wɔde hyɛ ntama.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “bere a wonnii yɛn asɛm.”
Anaa “wɔama basabasa aba wiase.”
Anaa “mmara.”
Nt., “ne honhom.”
Anaa “musuro anyame no.”
Anaa “ɔne wɔn susuw nsɛm ho.”
Nt., “me ho afi.”
Kyerɛ sɛ, hyiadan no mu.
Ɔpanyin a ɔhwɛ Roma mantam bi so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “osian kɔɔ.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɔforo kɔɔ Yerusalem.
Anaa “osian kɔɔ.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “osian baa.”
Anaa “kasa foforo.”
Anaa “oyii asuafo no fii wɔn mu.”
Anaa “Paul nsa.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “dwetɛ dwumfo.”
Ná ɔmantam soafo yɛ ɔpanyin a ɔhwɛ Roma mantam bi so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Anaa “ne kra wɔ ne mu.”
Nt., “obubuu paanoo.”
Anaa “ahobrɛase adwene.”
Anaa “Nneɛma a ɛbɛboa mo.”
Anaa “kra.”
Anaa “mimmu me nkwa sɛ ade a ɛsom bo.”
Anaa “me ho afi wɔ nnipa nyinaa mogya ho.”
Anaa “efisɛ Onyankopɔn agyinatu.”
Anaa “nhyɛsofo.”
Nt., “wɔtɔɔ Paul kɔn ho.”
Anaa “baabi a na ahyɛn gyina.”
Nt., “mmaabun.”
Anaa “moma me koma bubu?”
Nt., “yɛyɛɛ komm.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “wɔn nyinaa bɔ Mmara no ho mmɔden.”
Nt., “wɔnwae mfi Mose ho.”
Anaa “dua.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “asɔrefi yi.”
Anaa “Munyi no hɔ!”
Anaa “wɔkyerɛkyerɛɛ me wɔ Gamaliel nan ase.”
Anaa “bɛyɛ awia 12.”
Anaa “Roma man ba.”
Anaa “bere a wonnii n’asɛm anaa?”
Anaa “tiboa.”
Anaa “wɔka sɛ ne nyinaa wɔ hɔ.”
Anaa “Paul nuabea babarima.”
Anaa “wɔadi nsew.”
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anadwo nnɔn 9.
Anaa “aban mu.”
Anaa “ɔkyeame.”
Anaa “ogyigyefo.” Nt., “nsanyare a edi awu.”
Hwɛ Nkh. A3.
Anaa “meforo kɔɔ.”
Anaa “ahonim a enni fɔ; tiboa a emmu fɔ.”
Anaa “ahosodi.”
Anaa “Mepɛ sɛ Kaesare nso tena asɛm no so!”
Anaa “Wopɛ sɛ Kaesare nso tena asɛm no so.”
Anaa “wɔn ankasa nyamesom.”
Ɛyɛ abodin bi a na wɔde ma Roma ɔhempɔn.
Anaa “me nkurɔfo.”
Nt., “mubu atɛn.”
Anaa “awia 12.”
Saa poma no yɛ abaa a ano yɛ feafea a wɔde ka aboa.
Anaa “yɔnkodɔ.”
Anaa “Kipro supɔw.”
Anaa “mmuadadi.”
Anaa “yɛn kra.”
Kyerɛ sɛ, mframa a ɛbɔ fi atifi apuei.
Ɔkorow ketewa bi a na wotumi de gye nkurɔfo nkwa bere a asiane bi asi.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “ɛnyɛ ketewa.”
Anaa “mo mu ɔkra.”
Bɛyɛ mita 36 (anm. 120). Hwɛ Nkh. B14.
Bɛyɛ mita 27 (anm. 90). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “akra.”
Anaa “faka.”
Anaa “Kurommafo.”
Anaa “yɔnkodɔ.”
Ɔwɔ bi a n’ano wɔ bɔre paa.
Greek mu no, wɔka no Di′ke, ebetumi akyerɛ nyamebea a otua bɔne so ka. Ebetumi nso akyerɛ atɛntrenee a wɔka ho asɛm te sɛ nipa.
Anaa “konkoruwa.”
Hwɛ Nkh. A3.