Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt 1 Ahene 1:1-22:53
  • 1 Ahemfo

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 Ahemfo
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Ahemfo

AHEMFO NWOMA A ƐDI KAN

1 Ná Ɔhene Dawid abɔ akɔkoraa+ na wadi nna pii; sɛ wɔde ntoma pii kata ne ho mpo a, na ne ho nyɛ no hye. 2 Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnhwehwɛ ababaawa bi a ɔyɛ ɔbaabunu mmrɛ yɛn wura ɔhene na ɔmmɛtena ɔhene ho nhwɛ no; ɔbɛda wo nkyɛn na yɛn wura ɔhene ho ayɛ no hye.” 3 Ɛnna wɔkɔkyini hwehwɛɛ Israel asaase nyinaa so sɛ wɔbɛnya ababaawa bi a ne ho yɛ fɛ. Na wɔkɔhuu Sunemni+ Abisag+ de no brɛɛ ɔhene. 4 Ná ababaawa no ho yɛ fɛ papaapa. Ɔbɛtenaa ɔhene ho hwɛɛ no, nanso ɔhene ne no anna.

5 Saa berɛ no nyinaa, na Hagit ba Adoniya+ rehoahoa ne ho sɛ: “Me na mɛdi hene!” Na ɔmaa wɔyɛɛ teaseɛnam maa no, na ɔnyaa nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so ne mmarima 50 a wɔtu mmirika di n’anim.+ 6 Nanso ne papa anka n’anim* sɛ: “Adɛn nti na woreyɛ saa?” Ne maame woo no wɔ Absalom akyi, na na ɔno nso ho yɛ fɛ paa. 7 Adoniya de Seruia ba Yoab ne ɔsɔfoɔ Abiatar+ yɛɛ ne nkurɔfoɔ a ɔne wɔn fa adwene, na wɔbɛyɛɛ n’akyitaafoɔ a wɔboa no.+ 8 Ɔsɔfoɔ Sadok,+ Yehoiada ba Benaia,+ odiyifoɔ Natan,+ Simei,+ Rei, ne Dawid akatakyie+ no deɛ, wɔankɔdi Adoniya akyi.

9 Afei da bi, Adoniya de nnwan, anantwie, ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ bɔɔ afɔreɛ+ wɔ Sohelet botan a ɛbɛn En-Rogel no ho, na ɔfrɛɛ ne nuanom, ahenemma no nyinaa, ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa. 10 Nanso odiyifoɔ Natan, Benaia, ne akatakyie no ne ne nua Solomon deɛ, wamfrɛ wɔn. 11 Ɛnna Natan+ ka kyerɛɛ Solomon maame+ Bat-Seba+ sɛ: “Woate sɛ Hagit ba Adoniya+ abɛyɛ ɔhene berɛ a yɛn wura Dawid nnim ho hwee anaa? 12 Enti bra ma mentu wo fo, na gye wo ho ne wo ba Solomon nkwa.*+ 13 Kɔ Ɔhene Dawid nkyɛn na kɔbisa no sɛ, ‘Me wura ɔhene, ɛnyɛ wo na wokaa w’afenaa ntam? Ɛnyɛ wo na wokaa sɛ: “Wo ba Solomon na ɔbɛdi m’adeɛ ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛtena m’ahennwa so”?+ Ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na Adoniya abɛyɛ ɔhene yi?’ 14 Berɛ a wogu so ne ɔhene rekasa wɔ hɔ no, me nso mɛdi akyire aba na mabɛka bi ato w’asɛm no so.”

15 Enti Bat-Seba kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ pia mu. Ná ɔhene abɔ akɔkoraa posoposo, na Sunemni Abisag+ te ɔhene ho rehwɛ no. 16 Ɛnna Bat-Seba bɔɔ ne mu ase kotoo ɔhene anim, na ɔhene bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” 17 Ɔno nso kaa sɛ: “Me wura, wo na wokaa w’afenaa ntam wɔ Yehowa, wo Nyankopɔn din mu sɛ, ‘Wo ba Solomon na ɔbɛdi m’adeɛ ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛtena m’ahennwa so.’+ 18 Nanso hwɛ sɛ Adoniya abɛyɛ ɔhene berɛ a me wura ɔhene nnim ho hwee!+ 19 Ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan pii abɔ afɔreɛ, na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne ɔsɔfoɔ Abiatar ne ɔsahene Yoab,+ nanso w’akoa Solomon deɛ, wamfrɛ no.+ 20 Me wura ɔhene, wo na Israel nyinaa ani da wo so sɛ wobɛkyerɛ wɔn deɛ ɔbɛdi me wura ɔhene adeɛ na watena n’ahennwa so. 21 Anyɛ saa a, sɛ me wura ɔhene ne n’agyanom kɔda pɛ, wɔbɛbu me ne me ba Solomon sɛ yɛyɛ atuatefoɔ.”*

22 Berɛ a ɔgu so ne ɔhene rekasa no, odiyifoɔ Natan baa hɔ.+ 23 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Odiyifoɔ Natan aba ha!” Ɔbaa ɔhene anim bɛbɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam wɔ ɔhene anim. 24 Ɛnna Natan kaa sɛ: “Me wura ɔhene, enti wo na wokaa sɛ, ‘Adoniya na ɔbɛdi m’adeɛ ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛtena m’ahennwa so’ anaa?+ 25 Ɛnnɛ ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan pii rekɔbɔ afɔreɛ.+ Na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne asahene no ne ɔsɔfoɔ Abiatar;+ wɔne no ato nsa redidi na wɔrenom, na deɛ wɔreka ara ne sɛ, ‘Ma Ɔhene Adoniya nnya nkwa tenten!’ 26 Na me, w’akoa, me ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Yehoiada ba Benaia+ ne w’akoa Solomon deɛ, wamfrɛ yɛn. 27 Me wura ɔhene, wo na wama kwan saa, ɛnna woamma w’akoa anhunu deɛ ɔbɛtena ahennwa no so adi me wura ɔhene adeɛ?”

28 Afei Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Momfrɛ Bat-Seba mma me.” Enti ɔbɛgyinaa ɔhene anim. 29 Ɛnna ɔhene kaa ntam sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔgyee me* firii ahohia nyinaa mu+ te ase yi, 30 sɛdeɛ mekaa wo ntam wɔ Yehowa, Israel Nyankopɔn din mu sɛ, ‘Wo ba Solomon na ɔbɛdi m’adeɛ ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛsi m’anan atena m’ahennwa so!’ no, ɛnnɛ mɛma no aba mu saa.” 31 Ɛnna Bat-Seba bɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam wɔ ɔhene anim kaa sɛ: “Ma me wura Ɔhene Dawid nnya nkwa daa!”

32 Ntɛmpa ara na Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Momfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan, ne Yehoiada+ ba Benaia+ mma me.” Ɛnna wɔbaa ɔhene anim. 33 Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mo wura nkoa nka mo ho na momma me ba Solomon ntena m’afunumupɔnkɔ* no so,+ na momfa no nsiane nkɔ Gihon.+ 34 Momma ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan nsra no ngo+ wɔ hɔ mfa no nsi Israel so hene, na mommɔ abɛn nka sɛ, ‘Ma Ɔhene Solomon nnya nkwa tenten!’+ 35 Monni n’akyi mfa no mmra na ɔmmɛtena m’ahennwa so. Ɔno na ɔbɛdi m’adeɛ ayɛ ɔhene, na ɔno na mɛyɛ no Israel ne Yuda kannifoɔ.” 36 Ɛhɔ ara na Yehoiada ba Benaia ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Amen! Ma me wura ɔhene Nyankopɔn Yehowa nhyɛ mu den. 37 Sɛdeɛ Yehowa dii me wura ɔhene akyi no, saa ara na ɔnni Solomon akyi,+ na ɔmma n’ahennwa nyɛ kɛseɛ nsene me wura Ɔhene Dawid ahennwa.”+

38 Ɛnna ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan, Yehoiada ba Benaia,+ ne Keretifoɔ ne Peletifoɔ+ no siim kɔeɛ; wɔmaa Solomon tenaa Ɔhene Dawid afunumupɔnkɔ no so+ de no kɔɔ Gihon.+ 39 Afei ɔsɔfoɔ Sadok faa abɛn a ngo wom+ no firii ntomadan no mu+ na ɔsraa Solomon ngo,+ na wɔfirii aseɛ bɔɔ abɛn maa ɔman no nyinaa bɔ gyee so sɛ: “Ma Ɔhene Solomon nnya nkwa tenten!” 40 Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa tu dii n’akyi, na wɔbɔɔ ntɛntɛbɛn dii ahurisie kɛse paa, na dede no maa asaase wosoe.+

41 Adoniya ne wɔn a ɔfrɛfrɛɛ wɔn no nyinaa teeɛ; saa berɛ no, na wɔadidi awie.+ Berɛ a Yoab tee mmɛn no nnyegyeeɛ no, ɛhɔ ara na ɔbisaa sɛ: “Na gyegyeegye bɛn na ɛrekɔ so wɔ kurom yi?” 42 Ɔgu so rekasa ara na ɔsɔfoɔ Abiatar ba Yonatan+ bɛpuee hɔ. Ɛnna Adoniya kaa sɛ: “Bra mu, na woyɛ onipa pa;* megye di sɛ wode asɛmpa na ɛbaeɛ.” 43 Ɛnna Yonatan buaa Adoniya sɛ: “Daabi o. Yɛn wura Ɔhene Dawid asi Solomon hene. 44 Na ɔhene maa ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan, Yehoiada ba Benaia, ne Keretifoɔ ne Peletifoɔ no kaa ne ho, na wɔmaa no tenaa ɔhene afunumupɔnkɔ no so.+ 45 Afei ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan sraa no ngo sii no hene wɔ Gihon, na wɔde ahurisie firii hɔ bae, ɛno nti na kuro no mu ayɛ gyegyeegye no. Ɛho dede na moteeɛ no. 46 Afei nso, Solomon atena ahennwa no so. 47 Bio nso, ɔhene nkoa baa hɔ bɛhyiraa yɛn wura Ɔhene Dawid, na wɔkaa sɛ, ‘Wo Nyankopɔn mma Solomon din nyɛ kɛse nsene wo din, na ɔmma n’ahennwa nyɛ kɛse nsene w’ahennwa!’ Ɛnna ɔhene bɔɔ ne mu ase wɔ ne mpa so. 48 Na deɛ ɔhene nso kaeɛ nie, ‘Ayeyie nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɛnnɛ wayi obi atena m’ahennwa so ama me ara mede m’ani ahunu!’”

49 Ɛnna ehu kaa wɔn a Adoniya afrɛfrɛ wɔn no nyinaa, na obiara sɔre faa ne kwan. 50 Adoniya nso, Solomon nti, ehu kaa no. Enti ɔsɔre kɔe, na ɔkɔsɔɔ afɔrebukyia no mmɛn mu.+ 51 Ɛnna wɔbɛbɔɔ Solomon amanneɛ sɛ: “Ɔhene Solomon ho hu nti, Adoniya akɔsɔ afɔrebukyia no mmɛn mu, na ɔse, ‘Momma Ɔhene Solomon nni kan nka me ntam sɛ ɔremfa sekan nku n’akoa.’” 52 Ɛnna Solomon kaa sɛ: “Sɛ ɔyɛ adepa a, ɛnneɛ ne nwi baako mpo rentɔ fam, nanso sɛ ɔdi bɔne a,+ ɛnneɛ ɔbɛwu.” 53 Enti Ɔhene Solomon soma maa wɔkɔfaa no firii afɔrebukyia no ho baeɛ. Na ɔbɛkotoo Ɔhene Solomon, na Solomon ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, na kɔ wo fie.”

2 Berɛ a Dawid rebɛwu no, nsɛm a ɔka kyerɛɛ ne ba Solomon nie: 2 “Merebɛwu,* enti ma wo ho nyɛ den+ na yɛ w’adeɛ sɛ ɔbarima.+ 3 Yɛ wei fa di w’asɛdeɛ so wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim: Nante n’akwan so na di n’ahyɛdeɛ, ne mmara nsɛm, n’atemmusɛm, ne ne nkaesɛm so sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose Mmara no mu no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a biribiara a wobɛyɛ ne baabiara a wobɛkɔ no, ɛbɛsi wo yie.* 4 Ɛno bɛma Yehowa adi ne bɔhyɛ so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yie na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa som me nokorɛ mu+ a, ɛnneɛ daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahennwa so.’+

5 “Seruia ba Yoab nso, wo ara wonim deɛ ɔde yɛɛ me; wonim deɛ ɔde yɛɛ Israel asahene mmienu, Ner ba Abner+ ne Yeter ba Amasa.+ Ɔkum wɔn, na ɔkaa mogya gui+ asomdwoeɛ berɛ mu te sɛ ɛko berɛ. Ɔde ɛko mogya kekaa n’abɔsoɔ ne ne nan ase mpaboa mu. 6 Fa wo nyansa yɛ adwuma, na mma no mmfa ne tiri so dwene nnkɔ Adamena* mu asomdwoeɛ mu.+

7 “Gileadni Basilai+ mma no deɛ, da ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn, na ma wɔnnidi wo pono so bi, ɛfiri sɛ berɛ a medwane firii wo nua Absalom anim+ no, wɔbɛtaa m’akyi.+

8 “Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim no te wo nkyɛn ha yi ara. Da a merekɔ Mahanaim+ no, ɔdomee me yayaaya,+ nanso berɛ a ɔbɛhyiaa me wɔ Yordan ho no, mekaa no ntam wɔ Yehowa din mu sɛ, ‘Merentwe sekan nku wo.’+ 9 Mma no mmfa ne ho nnni.+ Woyɛ ɔbarima nyansafoɔ, na wonim deɛ ɛsɛ sɛ wode yɛ no; mogya mu na ma no mfa ne tiri so dwene nsiane nkɔ Adamena* mu.”+

10 Ɛnna Dawid ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Dawid Kuro+ mu. 11 Mfeɛ* dodoɔ a Dawid de dii Israel so hene no si mfeɛ 40. Ɔtenaa Hebron+ dii adeɛ mfeɛ 7, na ɔtenaa Yerusalem nso dii adeɛ mfeɛ 33.+

12 Ɛnna Solomon tenaa ne papa Dawid ahennwa so, na nkakrankakra, n’ahennie no timiiɛ.+

13 Akyire yi, Hagit ba Adoniya baa Solomon maame Bat-Seba nkyɛn. Ɛnna maame no bisaa no sɛ: “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?” Na ɔbuaa sɛ: “Mebaa no asomdwoeɛ mu.” 14 Afei ɔtoaa so sɛ: “Mede asɛm bi rebɛto w’anim.” Ɛnna maame no kaa sɛ: “Kasa.” 15 Ɔno nso kaa sɛ: “Wo ara wonim sɛ me na anka ɛsɛ sɛ medi adeɛ, na me na na Israel nyinaa ani da so sɛ mɛyɛ ɔhene;+ nanso ahennie no firii me nsa kɔdii me nua no nsam, na Yehowa na ɔmaa no kɔdii ne nsam.+ 16 Seesei abisadeɛ baako pɛ na mede reto w’anim. Mmɔ m’asɛm no ngu.” Ɛnna maame no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kasa.” 17 Afei ɔkaa sɛ: “Mesrɛ wo, kɔka kyerɛ Ɔhene Solomon sɛ ɔmfa Sunemni Abisag+ mma me awareɛ. Menim sɛ ɔremmɔ w’asɛm ngu.” 18 Ɛnna Bat-Seba kaa sɛ: “Asɛmpa! Mɛkɔ na me ne ɔhene akɔkasa ama wo.”

19 Enti Bat-Seba kɔɔ Ɔhene Solomon nkyɛn sɛ ɔde Adoniya asɛm no rekɔto n’anim. Ntɛm ara na ɔhene sɔre kɔhyiaa no, na ɔhene bɔɔ ne mu ase maa no. Afei ɔkɔtenaa n’ahennwa so, na ɔhene maa wɔde akonnwa bɛsii hɔ maa ne maame, na ɔtenaa ne nifa so. 20 Ɛnna ne maame kaa sɛ: “Abisadeɛ ketewa bi na mede rebɛto w’anim. Mmɔ m’asɛm no ngu.” Enti ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Me maame, kasa na meremmɔ w’asɛm ngu.” 21 Maame no kaa sɛ: “Fa Sunemni Abisag ma wo nua Adoniya na ɔnware no.” 22 Ɛnna Ɔhene Solomon ka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Adɛn nti na worebisa Sunemni Abisag ama Adoniya? Ɛnneɛ bisa ahennie no ka ho ma no ɛ,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ me nua panin,+ na ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia+ ba Yoab+ nso taa n’akyi.”

23 Ɛnna Ɔhene Solomon kaa Yehowa ntam sɛ: “Adeɛ a Adoniya abisa yi, sɛ mamma no amfa ne nkwa* antwa so a, ɛnneɛ Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho. 24 Na sɛ́ Yehowa a wama m’ase atim+ na ɔde me atena me papa Dawid ahennwa so, na wama manya fie*+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no te ase yi, ɛnnɛ Adoniya bɛwu.”+ 25 Ɛhɔ ara na Ɔhene Solomon somaa Yehoiada ba Benaia+ maa no kɔto hyɛɛ Adoniya so kum no.

26 Ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar+ sɛ: “Kɔ w’asaase so wɔ Anatot!+ Wofata owuo, nanso ɛnnɛ merenku wo, ɛfiri sɛ wosoaa Awurade Tumfoɔ Yehowa Adaka no wɔ me papa Dawid anim,+ na me papa amanehunu nyinaa mu no, wohunuu amane bi.”+ 27 Enti Solomon pamoo Abiatar na wanyɛ Yehowa sɔfoɔ bio; ɛno maa Yehowa asɛm a ɔka tiaa Eli fie wɔ Silo+ no baa mu.+

28 Berɛ a Yoab tee asɛm no, ɔdwane kɔɔ Yehowa ntomadan+ no adihɔ kɔsɔɔ afɔrebukyia no mmɛn mu dendeenden, ɛfiri sɛ ɛwom sɛ Yoab ankɔ Absalom afã+ deɛ, nanso ɔkɔdii Adoniya akyi.+ 29 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Solomon sɛ: “Yoab adwane kɔ Yehowa ntomadan no adihɔ, na ɔwɔ afɔrebukyia no ho.” Enti Solomon somaa Yehoiada ba Benaia, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, kɔto hyɛ ne so ku no!” 30 Ɛnna Benaia kɔɔ Yehowa ntomadan no adihɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ ɔhene aka nie, ‘Firi adi!’” Nanso ɔbuaa sɛ: “Daabi! Ɛha ara na mɛwu ada.” Ɛnna Benaia bɛbɔɔ ɔhene amanneɛ sɛ: “Deɛ Yoab aka nie, na mmuaeɛ a ɔde maa me nie.” 31 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ ɔkaeɛ no, yɛ no saa ara; to hyɛ ne so ku no, na monsie no na monyi mogya a ɛdi bem a Yoab hwie guiɛ no mfiri me so ne me papa fie so.+ 32 Ɔno ara ne mogya na Yehowa de bɛgu ne tiri so, ɛfiri sɛ ɔfaa me papa Dawid akyi de sekan kum mmarima mmienu a wɔtene na wɔyɛ sene no; ɔkum Israel sahene+ Abner+ a ɔyɛ Ner ba no, ne Yuda sahene+ Amasa+ a ɔyɛ Yeter ba no. 33 Wɔn mogya bɛba Yoab ne n’asefoɔ* tiri so akɔsi daa;+ Dawid ne n’asefoɔ* ne ne fie ne n’ahennwa deɛ, Yehowa bɛma wɔanya asomdwoeɛ daa.” 34 Ɛnna Yehoiada ba Benaia foro kɔeɛ, na ɔkɔto hyɛɛ ne so kuu no, na wɔsiee no wɔ ne fie nkyɛn wɔ serɛ so. 35 Afei ɔhene de Yehoiada ba Benaia+ sii n’ananmu wɔ asraafoɔ no so, na ɔsɔfoɔ Sadok+ nso, ɔhene de no sii Abiatar ananmu.

36 Ɛnna ɔhene soma kɔfrɛɛ Simei+ baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Si fie wɔ Yerusalem na tena ha. Mfiri ha nkɔ baabiara. 37 Da a wobɛpue akɔtwa Kidron Bɔn+ no, owuo na wobɛwuo. Wo mogya bɛba abɛgu wo ara wo tiri so.” 38 Ɛnna Simei ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wonkaa bɔne. Sɛdeɛ me wura ɔhene aka no, saa ara na w’akoa bɛyɛ.” Enti Simei tenaa Yerusalem kyɛe.

39 Nanso mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Simei nkoa mmienu dwane kɔɔ Maaka ba Akis+ a ɔyɛ Gat hene no nkyɛn. Ɛnna nkurɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Simei sɛ: “Hwɛ, wo nkoa no wɔ Gat.” 40 Ntɛm ara na Simei sɔre hyehyɛɛ n’afunumu, na ɔkɔɔ Akis nkyɛn wɔ Gat kɔhuu ne nkoa no, na Simei de ne nkoa no firii Gat baeɛ. 41 Ɛnna wɔkɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Simei afiri Yerusalem akɔ Gat aba.” 42 Ɛhɔ ara na ɔhene soma kɔfrɛɛ Simei, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mamma woanka Yehowa ntam, na mammɔ wo kɔkɔ sɛ, ‘Ɛda a wobɛfiri ha akɔ baabi foforɔ biara no, owuo na wobɛwuo’? Na wo nso woanka ankyerɛ me sɛ, ‘Asɛm a woaka yi deɛ, wonkaa bɔne; mɛdi so’?+ 43 Adɛn nti na woanni Yehowa ntam ne mmara a mehyɛɛ wo no so?” 44 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: “Adebɔne a woyɛɛ me papa Dawid no nyinaa, wo ara wonim wɔ w’akoma mu,+ na Yehowa bɛdane wo bɔne no agu wo ara wo tiri so.+ 45 Nanso Ɔhene Solomon deɛ, wɔbɛhyira no,+ na Dawid ahennwa nso bɛtim wɔ Yehowa anim daa.” 46 Ɛnna ɔhene de ahyɛdeɛ maa Yehoiada ba Benaia maa no kɔto hyɛɛ ne so kum no.+

Na ahennie no tim wɔ Solomon nsam.+

3 Solomon kɔwaree wɔ Egypt hene Farao fie; ɔwaree Farao babaa+ de no baa Dawid Kuro+ mu kɔsii sɛ ɔsii ɔno ara ne fie+ ne Yehowa fie+ ne Yerusalem fasuo+ no nyinaa wieeɛ. 2 Nanso sorɔnsorɔmmea* hɔ ara na na ɔman no bɔ afɔreɛ,+ ɛfiri sɛ bɛsi saa berɛ no, na wɔnnya nsii fie mmaa Yehowa din.+ 3 Solomon kɔɔ so dɔɔ Yehowa; ɔnantee ne papa Dawid ahyɛdeɛ mu. Nanso ɔbɔɔ afɔreɛ na ɔhyee afɔrebɔdeɛ daa wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+

4 Ɔhene kɔɔ Gibeon kɔbɔɔ afɔreɛ wɔ hɔ ɛfiri sɛ ɛhɔ ne sorɔnsorɔmmea a na agye din paa.*+ Solomon de mmoa 1,000 na ɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so.+ 5 Berɛ a Solomon wɔ Gibeon no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu anadwo; Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me deɛ menyɛ mma wo.”+ 6 Ɛnna Solomon kaa sɛ: “Woada ɔdɔ kɛseɛ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me papa, w’akoa Dawid; ɔde nokorɛdie ne tenenee ne akoma a ɛdi mu nantee w’anim. Woakɔ so ada ɔdɔ kɛseɛ a ɛnni hwammɔ yi adi akyerɛ no abɛsi nnɛ; woama no anya ɔba ama no abɛtena n’ahennwa so.+ 7 Na afei Yehowa me Nyankopɔn, mennyinii* koraa na menni suahunu,*+ nanso woasi w’akoa hene de me asi me papa Dawid ananmu. 8 Wo man a woayi wɔn+ no yɛ ɔman a wɔn dodoɔ nti, wɔntumi nkan wɔn na wɔntumi mmu wɔn ano, na w’akoa na ɔda wɔn ano. 9 Enti ma w’akoa ahobrɛaseɛ akoma a ɔde bɛhu papa ne bɔne+ na ɔde abu wo man atɛn,+ ɛfiri sɛ wo man a wɔdɔɔso* yi deɛ, hwan na ɔbɛtumi abu wɔn atɛn?”

10 Deɛ Solomon bisaeɛ no, Yehowa ani gyee ho.+ 11 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ woabisa wei, na woammisa nkwa tenten,* ahonyadeɛ, anaa w’atamfo nkwa,* na woabisa nhunumu a wode bɛbu atɛn nti,+ 12 mɛyɛ w’abisadeɛ no ama wo.+ Mɛma wo nyansa ne nteaseɛ akoma;+ wɔn a wɔdii w’anim no, obiara nnyaa bi saa da, na w’akyi nso, obiara rento wo.+ 13 Afei ahonyadeɛ ne animuonyam a woammisa nso, mede bɛka ho ama wo,+ na ɔhene biara nni hɔ a wo nkwa nna nyinaa* mu no, ɔbɛto wo.+ 14 Na sɛ wonante m’akwan so di m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm so sɛdeɛ wo papa Dawid yɛeɛ no+ a, me nso mɛma wo nkwa tenten.”*+

15 Berɛ a Solomon ani so tetee no no, ɔhuu sɛ ɛyɛ daeɛ. Ɛnna ɔkɔɔ Yerusalem kɔgyinaa Yehowa apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ,+ na ɔtoo pono maa ne nkoa nyinaa.

16 Akyire yi, tuutuufoɔ mmaa mmienu bi baa ɔhene nkyɛn bɛgyinaa n’anim. 17 Ɔbaa a ɔdi kan no kaa sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbaa yi te fie baako mu, na mewoe berɛ a na ɔwɔ fie. 18 Mewoeɛ no, ne nnansa so na ɔbaa yi nso woeɛ. Yɛn mmienu pɛ na na yɛwɔ hɔ; ná obiara nka yɛn ho wɔ fie hɔ. 19 Ɛduruu anadwo no, ɔbaa yi daa ne ba no so maa no wui. 20 Berɛ a w’afenaa ada a me ba no da me nkyɛn no, ɔsɔree anadwo dasuom bɛfaa me ba no de no kɔtoo ne nkyɛn,* na ɔde ne ba a wawuo no bɛtoo me nkyɛn. 21 Berɛ a mesɔree sɛ merema me ba no nufoɔ no, mehuu sɛ wawu. Nanso adeɛ kyeeɛ a metoo me bo ase hwɛɛ abɔfra no, mehuu sɛ ɛnyɛ ɔno ne me ba a mewoo no no.” 22 Ɛnna ɔbaa baako no nso kaa sɛ: “Woboa, me ba na ɔte ase no, wo ba ne deɛ wawuo no!” Ɔbaa a ɔdi kan no nso kaa sɛ: “Woboa, wo ba ne deɛ wawuo no, me ba na ɔte ase no.” Wɔgyee ho akyinnyeɛ wɔ ɔhene anim.

23 Afei ɔhene kaa sɛ: “Wei se, ‘Me ba na ɔte ase yi, wo ba ne deɛ wawuo no!’ na wei nso se, ‘Woboa, wo ba ne deɛ wawuo no, me ba na ɔte ase no!’” 24 Ɔhene kaa sɛ: “Momma me sekan.” Ɛnna wɔde sekan brɛɛ ɔhene. 25 Na ɔhene kaa sɛ: “Mompae abɔfra a ɔte ase no mu mmienu, na momfa fã mma mmaa no baako, na momfa fã a aka nso mma baako no.” 26 Ɛsiane sɛ ɔbaa a ne ba ne abɔfra a ɔte ase no nyaa ayamhyehyeɛ maa ne ba no nti, ɛhɔ ara na ɔpaa ɔhene kyɛw sɛ: “Me wura, mesrɛ wo, momfa abɔfra a ɔte ase no mma no. Monnku no!” Ɔbaa baako no deɛ, saa berɛ no nyinaa deɛ na ɔreka ara ne sɛ: “Ɛbɛbɔ me ne wo nyinaa! Mompae ne mu mmienu!” 27 Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Momfa abɔfra a ɔte ase no mma ɔbaa a ɔdi kan no. Monnku no. Ɔno ne abɔfra no maame.”

28 Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene abu no, na wɔsuroo ɔhene,+ ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ Onyankopɔn ama no nyansa a ɔde bu atɛn.+

4 Ɔhene Solomon dii Israel nyinaa so hene.+ 2 Ne mpanimfoɔ din na ɛdidi so yi: Sadok+ ba Asaria na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ; 3 Sisa mma Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ atwerɛfoɔ;+ Ahilud ba Yehosafat+ deɛ, na ɔyɛ ɔhene krakye; 4 Yehoiada ba Benaia+ na na ɔda asraafoɔ no ano, ɛnna Sadok ne Abiatar+ yɛ asɔfoɔ; 5 Natan+ ba Asaria na na ɔda akunini no ano, ɛnna Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfoɔ ne ɔhene adamfo;+ 6 Ahisa na na ɔyɛ efiepanin, na Abda ba Adoniram+ na na ɔhwɛ apaafoɔ+ so.

7 Ná Solomon wɔ akunini 12 a wɔdeda Israel nyinaa ano, na wɔn na wɔde aduane brɛɛ ɔhene ne ne fiefoɔ. Wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ afe biara wɔn mu biara mfa aduane mmra bosome baako.+ 8 Wɔn din na ɛdidi so yi. Hur ba: ɔno na ɔhwɛɛ Efraim mmepɔ so nkuro so; 9 Deker ba: baabi a ɔhwɛɛ so ne Makas, Saalbim,+ Bet-Semes, ne Elon-Bet-Hanan; 10 Hesed ba: ɔhwɛɛ Arubot so (ná Soko ne Hefer asaase nyinaa nso hyɛ ne nsa); 11 Abinadab ba: ɔhwɛɛ Dor bepɔ so nkuro nyinaa so (ɔwaree Solomon babaa Tafat); 12 Ahilud ba Baana: baabi a ɔhwɛɛ so ne Taanak, Megido+ ne Bet-Sean+ nyinaa a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel ase no, ɛne Bet-Sean kɔsi Abel-Mehola kɔsi Yokmeam+ mpɔtamu; 13 Geber ba: baabi a ɔhwɛɛ so ne Ramot-Gilead+ (ná Manase ba Yair+ nkuraa-nkuraa a ɛwowɔ Gilead+ no hyɛ ne nsa; ná Argob+ a ɛwɔ Basan+ no nso hyɛ ne nsa: nkuro akɛseɛ 60 a ɛwɔ afasuo ne kɔbere mmeamu); 14 Ido ba Ahinadab: ɔhwɛɛ Mahanaim+ so; 15 Ahimahas: ɔhwɛɛ Naftali so (ɔno nso waree Solomon babaa Basemat); 16 Husai ba Baana: ɔhwɛɛ Aser ne Bealot so; 17 Parua ba Yehosafat: ɔhwɛɛ Isakar so; 18 Ela ba Simei:+ ɔhwɛɛ Benyamin+ so; 19 Uri ba Geber: baabi a ɔhwɛɛ so ne Gilead+ asaase, Amorifoɔ hene Sihon+ asaase, ne Basan hene Og+ deɛ. Okunini baako na na ɔda akunini a aka no nyinaa ano wɔ asaase no so.

20 Ná Yudafoɔ ne Israelfoɔ dɔɔso te sɛ mpoano anwea;+ wɔdidi nomee, na wɔdii ahurisie.+

21 Solomon dii ahennie nyinaa so, ɛfiri Asubɔnten no*+ ho kɔsi Filistifoɔ asaase so ne Egypt hyeɛ so. Nkurɔfoɔ de akyɛdeɛ brɛɛ Solomon, na wɔsom no ne nkwa nna nyinaa.+

22 Ná Solomon fie da koro aduane yɛ esiam muhumuhu kor* 30 ne esiam foforɔ kor 60, 23 anantwie 10 a wɔadɔre sradeɛ, anantwie 20 a wɔkɔ adidie, ne nnwan 100; awansane, atwe, akwaduo, ne nnomaa a wɔadɔre sradeɛ mpo deɛ, wɔnkan. 24 Ɔdii tumi wɔ biribiara a ɛwɔ Asubɔnten no fã ha*+ so, ɛfiri Tifsa kɔsi Gasa,+ ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten no fã ha nyinaa; ɔnyaa asomdwoeɛ n’ahennie nyinaa mu wɔ afã nyinaa.+ 25 Solomon berɛ so nyinaa, Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo; ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba obiara tenaa ne bobe ne ne borɔdɔma ase.

26 Ná Solomon wɔ apɔnkɔdan 4,000* a ɔde n’apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam gu mu, ne apɔnkɔ* 12,000.+

27 Akunini yi na wɔmaa Ɔhene Solomon ne obiara a ɔdidi Ɔhene Solomon pono so aduane. Bosome biara na ɛwɔ deɛ ɔde ne deɛ ba, na na wɔhwɛ sɛ biribiara wɔ hɔ.+ 28 Wɔde baali* ne serɛ nso brɛɛ apɔnkɔ no ne apɔnkɔ a na wɔtwe nteaseɛnam no; baabiara a wɔhia bi no, wɔde kɔe sɛdeɛ obiara adwuma teɛ.

29 Na Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhunumu pii ne akoma a emu nteaseɛ dɔɔso te sɛ mpoano anwea.+ 30 Ná Solomon nyansa dɔɔso sene Apueeɛ Famfoɔ nyinaa nyansa ne Egyptfoɔ nyansa nyinaa.+ 31 Ná ɔnim nyansa sene onipa biara; Esrahini Etan+ ne Mahol mma Heman+ ne Kalkol+ ne Darda mpo, na ɔnim nyansa sene wɔn. Ne din hyetaa aman a atwa ne ho ahyia nyinaa mu.+ 32 Ɔtumi buu mmɛ+ 3,000, na ɔhyehyɛɛ nnwom+ 1,005. 33 Ɔkaa nnua ho asɛm, ɛfiri sida a ɛwɔ Lebanon so kɔsi sommɛ*+ a ɛfifi dan ho so; ɔkaa mmoa+ ne nnomaa+ ne mmoa a wɔwea*+ ne mpataa ho asɛm. 34 Nkurɔfoɔ firii aman nyinaa mu bɛtiee Solomon nyansa; ahemfo a wɔfiri asaase so mmaa nyinaa a wɔtee ne nyansa ho asɛm nso bɛtiee no.+

5 Berɛ a Tiro+ hene Hiram tee sɛ wɔasra Solomon asi no hene ama ɔredi ne papa adeɛ no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ Solomon nkyɛn, ɛfiri sɛ na Hiram ne Dawid yɛ nnamfoɔ firi tete.*+ 2 Solomon nso soma kɔɔ Hiram nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 3 “Wo ara wonim sɛ ɛko a atamfo de twaa me papa Dawid ho hyiaeɛ nti, wantumi ansi fie amma Yehowa ne Nyankopɔn din, kɔsii sɛ Yehowa de wɔn guu ne nan ase.+ 4 Seesei deɛ, Yehowa me Nyankopɔn ama me ho adwo me wɔ afã nyinaa.+ Ɔtamfo biara nni hɔ, na bɔne biara nso nni hɔ.+ 5 Enti mepɛ sɛ mesi fie ma Yehowa me Nyankopɔn din sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ me papa Dawid bɔ no. Ɔkaa sɛ: ‘Wo ba a mede no bɛtena w’ahennwa so asi w’ananmu no, ɔno na ɔbɛsi fie ama me din.’+ 6 Afei ma wo nkurɔfoɔ ntwa sida nnua wɔ Lebanon+ mma me. Me nkoa ne wo nkoa bɛbom ayɛ adwuma, na wo nkoa akatua nyinaa, mede bɛma wo sɛdeɛ wobɛkyerɛ biara, ɛfiri sɛ wonim sɛ yɛnni obiara wɔ yɛn mu a ɔnim nnuatwa te sɛ Sidonfoɔ.”+

7 Berɛ a Hiram tee Solomon nsɛm no, ɔdii ahurisie kɛse, na ɔkaa sɛ: “Ayeyie nka Yehowa nnɛ, ɛfiri sɛ wama Dawid ɔba nyansafoɔ a ɔredi ɔman kɛseɛ* yi so!”+ 8 Ɛnna Hiram soma kɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Mate wo nkra no, na mɛyɛ w’apɛdeɛ ama wo na wo nsa aka sida ne papao nnua no.+ 9 Me nkoa de bɛfiri Lebanon aba mpoano, na mɛkyekyere agu po so de akɔ baabi a wobɛkyerɛ sɛ memfa nkɔ; ɛhɔ na mɛma wɔasanesane na woabɛfa. Me nso deɛ mepɛ sɛ woyɛ ma me ne sɛ wobɛma me fiefoɔ aduane.”+

10 Enti sida nnua ne papao nnua a Solomon hia nyinaa, Hiram de brɛɛ no. 11 Solomon nso maa Hiram hwiit kor* 20,000 sɛ ɔmfa nhwɛ ne fiefoɔ, ne ngo pa* kor 20. Wei na Solomon de maa Hiram afe biara.+ 12 Yehowa maa Solomon nyansa sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no,+ na asomdwoeɛ tenaa Hiram ne Solomon ntam, na wɔn mmienu yɛɛ apam.

13 Ɔhene Solomon faa apaafoɔ firii Israel nyinaa; ná apaafoɔ no yɛ mmarima 30,000.+ 14 Bosome biara na ɔde wɔn mu 10,000 kɔ Lebanon. Sɛ wɔkɔdi bosome baako wɔ Lebanon a, na wɔabɛdi abosome mmienu wɔ wɔn afie; Adoniram+ na na ɔda apaafoɔ no ano. 15 Solomon nyaa nnipa 70,000 a wɔsoasoa nneɛma, ne nnipa 80,000 a wɔpae aboɔ+ wɔ mmepɔ mu.+ 16 Afei nso, na Solomon wɔ akunini+ 3,300 a wɔdeda adwumayɛfoɔ no ano. 17 Ɔhene maa wɔpaee aboɔ akɛseɛ a ne boɔ yɛ den+ na wɔtwitwa+ de too fie no fapem.+ 18 Enti Solomon adansifoɔ ne Hiram adansifoɔ ne Gebalfoɔ+ paee aboɔ no, na wɔsiesiee nnua ne aboɔ a wɔde bɛsi fie no.

6 Berɛ a Israelfoɔ* firii Egypt asaase so baeɛ no,+ n’afe a ɛtɔ so 480 no, na ɛyɛ Solomon afe a ɛtɔ so nnan firi berɛ a ɔbɛyɛɛ Israel hene. Saa afe no, ɔfirii aseɛ sɛ ɔresi Yehowa fie*+ no wɔ Siw* bosome+ no (kyerɛ sɛ, bosome a ɛtɔ so mmienu no) mu. 2 Ɛdan a Ɔhene Solomon si maa Yehowa no, ne tenten yɛ basafa* 60, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa 30.+ 3 Abantenten+ a ɛwɔ asɔredan no anim no, ne tenten ne asɔredan no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ; ɛyɛ basafa 20. Ɛfiri ano kɔsi asɔredan no anim nso, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa du.

4 Ɔyeyɛɛ mpomma a aka apua*+ wɔ fie no mu. 5 Afei ɔsii nkyɛnmu dan de twaa asɔredan no ho hyiae, wɔ ɛdan no ankasa* ne ne pia mu pia+ no ho, na ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia wom de twaa ɛdan no ho nyinaa hyiae.+ 6 Nkyɛnmu pia a ɛwɔ aseɛ no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, deɛ ɛwɔ mfimfini no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia, na deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nson; ɔyeyɛɛ bamma wɔ ɛdan no ho nyinaa hyiae, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa biribiara nwurawura asɔredan no mu.+

7 Ɛdan no, wɔde aboɔ a wɔapae na wɔayɛ ho biribiara awie na ɛsiiɛ,+ enti berɛ a wɔresi fie no, wɔante hamma* anaa akuma anaa nnadeɛ biara dede wɔ hɔ. 8 Nkyɛnmu pia a ɛwɔ aseɛ no kwan da ɛdan no anaafoɔ fam,*+ na nkyɛnmu pia a ɛwɔ mfimfini no ne deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, stɛps a akyinkyim na wɔde foro kɔ mu. 9 Ɔtoaa so sii ɛdan no kɔsii sɛ ɔwieeɛ,+ na ɔde sida dua mpuna ne ntaaboɔ sɛm ɛdan no so.+ 10 Afei nso, ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia wɔ ɛdan no ho nyinaa hyiae;+ ɛfiri soro bɛsi fam no, ebiara yɛ basafa nnum, na wɔde sida nnua sosɔɔ mu bɔɔ ɛdan no mu.

11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Solomon sɛ: 12 “Sɛ wonante m’ahyɛdeɛ mu na wodi m’atemmusɛm so na wode me mmara nsɛm nyinaa yɛ adwuma na wonante mu+ a, me nso efie a woresi yi, mɛfa wo so ama ɛho bɔ a mehyɛɛ wo papa Dawid no aba mu;+ 13 mɛtena Israelfoɔ mu,+ na merennya me man Israel.”+

14 Solomon toaa so sii ɛdan no kɔsii sɛ ɔwieeɛ. 15 Ɔde sida nnua kyekyɛɛ ɛdan no mu. Ɔde nnua sɛm ɛdan no mu firi fam kɔsii ne nsɛmsoɔ so, na ɔde papao nnua nso sɛm fam wɔ ɛdan no mu.+ 16 Sɛ wowura asɔredan no mu a, ɛrekɔ akyire hɔ no, ɔyɛɛ baabi a ne tenten yɛ basafa 20; sida dua ntaaboɔ na ɔde sɛm ho firi fam kɔsii ne nsɛmsoɔ so, na ɔyɛɛ hɔ pia mu pia,+ Kronkron Mu Kronkronbea no.+ 17 Ná asɔredan*+ no fã a ɛtoa so no, kyerɛ sɛ, ne fã a ɛwɔ anim no yɛ basafa 40. 18 Sida dua a ɛwɔ ɛdan no mu no, wɔyeyɛɛ aduaba agudeɛ nkuruwankuruwa+ ne nhwiren+ wɔ ho. Wɔde sida dua na ɛyɛɛ ho biribiara; wowura mu a, wonhu boɔ biara.

19 Afei ɔsiesiee pia mu pia+ a ɛwɔ asɔredan no mu sɛ ɔde Yehowa apam adaka no bɛsi hɔ.+ 20 Pia mu pia no tenten yɛ basafa 20, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20, na ɛfiri soro bɛsi fam nso yɛ basafa 20;+ ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa mu nyinaa, na afɔrebukyia+ no nso, ɔde sida dua sɛm ho. 21 Solomon de sika kɔkɔɔ amapa faa asɔredan no mu,+ na ɔde sika kɔkɔɔ faa pia mu pia+ no mu, ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa anim. 22 Ɔde sika kɔkɔɔ faa ɛdan no mu nyinaa kɔsii sɛ ɔwiee ɛdan no ho adwuma nyinaa; afɔrebukyia a ɛbɛn pia mu pia no nso, ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa.+

23 Bio nso, ɔde nku dua yɛɛ kerubim+ mmienu wɔ pia mu pia no mu, baako biara tenten yɛ basafa du.+ 24 Kerubim baako ntaban baako tenten yɛ basafa nnum, na n’ataban baako a aka no nso tenten yɛ basafa nnum. Ɛfiri ne ntaban baako ano kɔsi ne ntaban baako no nso ano yɛ basafa du. 25 Kerubim a ɔtɔ so mmienu no nso, na ne tenten yɛ basafa du. Kerubim mmienu no nyinaa, na wɔn kɛseɛ ne wɔn biribiara yɛ pɛ. 26 Kerubim baako tenten yɛ basafa du, na saa na kerubim baako a aka no nso teɛ. 27 Ɛnna ɔde kerubim+ no sisii pia mu pia* no mu; ná kerubim no ntaban mu atrɛtrɛ. Kerubim no baako ntaban ka ɔfasuo no, na baako nso deɛ ka ɔfasuo a ɛwɔ ɛfã nohoa no; wɔn ntaban a aka no, wɔatrɛtrɛ mu wɔ ɛdan no mfimfini, na baako ntaban ka baako ntaban. 28 Na ɔde sika kɔkɔɔ faa kerubim no ho.

29 Ɔyeyɛɛ kerubim,+ mmɛdua,+ ne nhwiren+ guu asɔredan no afasuo ho wɔ pia no mu,* na ɔyɛɛ bi nso wɔ pia mu pia no mu. 30 Sika kɔkɔɔ na ɔde faa fam wɔ ɛdan no mu, pia no mu, ne pia mu pia no mu. 31 Na pia mu pia kwan no, ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apono, n’adum a ɛwowɔ nkyɛnkyɛn ne n’aponnwa, abupɛn nnum mu baako.* 32 Ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apono mmienu no, na ɔyeyɛɛ kerubim, mmɛdua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho; ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ no guu kerubim ne mmɛdua no ho. 33 Asɔredan* no kwan no, saa ara na ɔde nku dua yɛɛ n’aponnwa no, abupɛn nnan mu baako.* 34 Ɔde papao nnua yɛɛ apono mmienu. Ɛpono baako bɔ ho mmienu, na adeɛ hyɛ mu a ɛma wotumi bu to so, na ɛpono a aka no nso bɔ ho mmienu, na adeɛ hyɛ mu a ɛma wotumi bu to so.+ 35 Ɔyeyɛɛ kerubim, mmɛdua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho.

36 Ɔtoo aboɔ a wɔasene toatoaa so mmiɛnsa, na ɔde sida nnua totoo so+ yɛɛ adihɔ+ a ɛwɔ mfimfini no.

37 Wɔtoo Yehowa fie no fapem wɔ afe a ɛtɔ so nnan no mu, Siw* bosome no mu;+ 38 afe a ɛtɔ so 11, Bul* a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, wɔwiee fie no ho adwuma nyinaa sɛdeɛ efie no ho plan teɛ.+ Enti ɔde mfeɛ nson na ɛsi wieeɛ.

7 Na Solomon ankasa fie* nso, mfeɛ 13 na ɔde si yɛɛ ho biribiara.+

2 Afei ɔsii Lebanon Kwaeɛfie+ no; ne tenten yɛ basafa* 100, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50, na ɛfiri soro bɛsi fam nso yɛ basafa 30, na ɔsi sii sida nnua adum a ɛsesã so nnan nnan so; wɔde sida nnua+ guu adum no so. 3 Mpuna a ɛdeda adum no so no, wɔde sida ntaaboɔ 45 sɛm so. Ɛfã biara, ntaaboɔ 15 na ɛsesã so wɔ hɔ. 4 Ná wɔayeyɛ mpomma nso a ɛsesã so mmiɛnsa wɔ hɔ, na mpomma biara kyerɛ mpomma foforɔ anim; wɔyɛ toatoaa so mmiɛnsa firii fam kɔsii soro. 5 N’apono ne n’aponnwa no n’afanan nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ, na mpomma a ɛdi nhwɛanimu a ɛtoatoa so mmiɛnsa no nso, na ebiara afanan nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ.

6 Ɔyɛɛ Adum Abrannaa no nso; ná ne tenten yɛ basafa 50, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 30; ɔde adum yɛɛ abrannaa foforɔ nso wɔ animu, na ɔkuruu so.

7 Afei nso ɔyɛɛ Ahennwa Abrannaa+ no, Atemmuo Abrannaa+ a ɔbɛbu atɛn wɔ hɔ, na ɔde sida nnua sɛm ɛdan no mu firii fam kɔsii ne nsɛmsoɔ so.

8 Ne fie* a ɔno ara bɛtena mu a ɛbɛn adihɔ+ a ɛwɔ ɛfã nohoa no, na ate ne ho afiri Abrannaa dan* no ho, na na ɛne no sɛ. Solomon san sii fie a ɛte sɛ Abrannaa dan no maa Farao babaa a ɔwaree no no.+

9 Ne nyinaa, ɛfiri ne fapem so kɔsi n’atifi, abɔnten kɔsi adihɔ kɛseɛ+ hɔ, ɔde aboɔ a ne boɔ yɛ den+ a wɔapae no pɛpɛɛpɛ na wɔde sradaa atwitwa anim ne akyire na ɛyɛeɛ. 10 Na aboɔ akɛseɛ a ne boɔ yɛ den na wɔde too fapem no; aboɔ no bi yɛ basafa du na ebi nso yɛ basafa nwɔtwe. 11 Aboɔ a ne boɔ yɛ den a wɔasusu na wɔapaapae ne sida nnua na ɛdeda so. 12 Ɔtoo aboɔ a wɔasene toatoaa so mmiɛnsa, na ɔde sida nnua totoo so de yɛɛ ɔfasuo twaa adihɔ kɛseɛ no ho hyiaeɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ no Yehowa fie adihɔ a ɛwɔ mfimfini+ ne efie no abrannaa ho no.

13 Ɔhene Solomon soma maa wɔkɔfaa Hiram+ firii Tiro bae. 14 Ná ɔyɛ ɔdwumayɛni a ne ho akokwa a ɔwɔ nimdeɛ+ ne suahunu a wɔde yɛ kɔbere ho adwuma biara; ná ne maame yɛ okunafoɔ a ɔfiri Naftali abusuakuo mu, na na ne papa yɛ kɔbere* dwumfoɔ+ a ɔfiri Tiro. Ɔbaa Ɔhene Solomon nkyɛn bɛyɛɛ ne nnwuma nyinaa.

15 Ɔguu kɔbere adum mmienu no;+ adum no biara tenten yɛ basafa 18, na ahoma basafa 12 na ɛtumi twa adum no biara ho hyia.+ 16 Ɔde kɔbere yɛɛ ntaasoɔ mmienu sisii adum no so. Ntaasoɔ no baako tenten yɛ basafa nnum, na ntaasoɔ baako no nso tenten yɛ basafa nnum. 17 Adum no ntaasoɔ no biara, wɔanwene atena ne nkɔnsɔnkɔnsɔn afa ho;+ nson wɔ ntaasoɔ baako ho, na nson nso wɔ ntaasoɔ baako no ho. 18 Na atena a ɛkata adum no ntaasoɔ ho no, ɔde granate akutuo* yeyɛɛ nhankra mmienu sesãã so wɔ ho hyiaeɛ; saa na ɔyɛɛ no adum mmienu no nyinaa ntaasoɔ ho. 19 Adum a ɛwɔ abantenten no anim no, ɔyɛɛ ne ntaasoɔ sɛ sukooko, basafa nnan. 20 Ntaasoɔ no, na ɛwɔ adum mmienu no apɔ so; ɛhɔ na na atena no wowɔ. Ná granate akutuo 200 a ɛsesã so nso atwa ntaasoɔ no biara ho ahyia.+

21 Ɔde adum no sisii asɔredan* abantenten+ no anim. Ɔde baako sii nifa so* na ɔtoo ne din Yakin,* ɛnna ɔde baako sii benkum so* na ɔtoo ne din Boas.*+ 22 Adum no soro no, ɔyɛɛ no sɛ sukooko. Na ɔwiee adum no ho adwuma nyinaa.

23 Afei ɔde dadeɛ yɛɛ ɛsɛn kɛseɛ a wɔde nsuo bɛgu mu a wɔfrɛ no Ɛpo no;+ ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa 10. Ɛsɛn no ano yɛ kurukuruwa, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa 5. Ahoma a ne tenten yɛ basafa 30 na ɛtumi twa ho hyia.+ 24 Ɛfiri ano reba aseɛ no, ɔyɛɛ biribi te sɛ aduaba agudeɛ nkuruwankuruwa+ bi wɔ Ɛpo no ho nyinaa hyiaeɛ; basafa baako biara, edu na ɛwom. Ebi wɔ soro na ebi wɔ fam. Wɔyɛɛ ɛno ne ɛsɛn no nyinaa boom. 25 Wɔde sii kɔbere anantwie 12 so;+ anantwie no 3 ani kyerɛ atifi fam, 3 ani kyerɛ atɔeɛ fam, 3 ani kyerɛ anaafoɔ fam, na 3 ani kyerɛ apueeɛ fam. Ná Ɛpo no si wɔn so, na wɔn nyinaa akyi kyerɛ Ɛpo no ase. 26 Ɛsɛn no pipiripie te sɛ nsayam;* ná ano te sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a apae. Nsuo bat susuhina* 2,000 na na wɔde gu mu.

27 Afei ɔyeyɛɛ kɔbere trɔk du a wɔde bɛtwe nsuo;+ trɔk biara tenten yɛ basafa nnan, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa mmiɛnsa. 28 Sei na ɔyɛɛ trɔk a wɔde twe nsuo no: ɔyɛɛ nhyehyɛmu ntraantraa wɔ ne nkyɛnmu, na na nhyehyɛmu no hyehyɛ mmeamu ntam. 29 Ɔyeyɛɛ agyata+ ne anantwie ne kerubim+ wɔ nhyehyɛmu a ɛhyehyɛ mmeamu no ntam so, na saa na ɔyɛɛ wɔ mmeamu no ankasa ho. Ɔyeyɛɛ biribi te sɛ nhwiren kɔnmuadeɛ wɔ agyata ne anantwie no atifi ne wɔn ase. 30 Trɔk no biara wɔ kɔbere ntwahonan nnan ne kɔbere nhyɛmudua; ɛwɔ nsisoɔ nnan, na ɔguu nsisoɔ no wɔ ɛsɛn no ase, na ebiara, nhwiren a wɔanwene no sɛ kɔnmuadeɛ wɔ ho. 31 Ná ɛsɛn no hyɛ trɔk no nsisoɔ mu, na ɛfiri aseɛ kɔsi ne kɔn yɛ basafa baako; ná ano yɛ kurukuruwa, na ɛfiri aseɛ kɔsi ano yɛ basafa baako ne fã; ɔdii adwini nso wɔ ano. Nhyehyɛmu a ɛwɔ ano no, na ɛnyɛ kurukuruwa; mmom na ɛwɔ afa nnan a ebiara tenten yɛ pɛ. 32 Ntwahonan nnan no, na ɛwɔ nkyɛnmu nhyehyem no ase, na deɛ ɛkurakura ntwahonan no mu no, wɔayɛ abɔ trɔk no mu; ɛfiri ntwahonan biara soro bɛsi fam yɛ basafa baako ne fã. 33 Ɔyɛɛ ntwahonan no te sɛ teaseɛnam ntwahonan. Deɛ ɛkurakura mu, ne hankra, deɛ ɛhyehyɛ mu, ne deɛ ɛsosɔ mu nyinaa, wɔde dadeɛ na ɛyɛeɛ.* 34 Nsisoɔ nnan wowɔ trɔk biara afã nnan no ho; nsisoɔ no, wɔguu ɛne trɔk mũ no nyinaa boom* baako. 35 Trɔk no, ɔyɛɛ ano no kurukuruwa hyiaeɛ; ɛfiri ne kɔn kɔsi ano yɛ basafa fã, na trɔk no soro ne ne nhyehyɛmu a ɛwɔ ano ne nhyehyɛmu a ɛwɔ nkyɛnmu no, wɔguu ne nyinaa boom* baako. 36 Afei baabiara a ɔnyaa kwan wɔ nhyehyɛmu a ɛwɔ ano ne nhyehyɛmu a ɛwɔ nkyɛnmu no, ɔdii kerubim ne agyata ne mmɛdua adwini wɔ hɔ, na ɔyɛɛ biribi te sɛ nhwiren kɔnmuadeɛ wɔ ho hyiaeɛ.+ 37 Saa na ɔyeyɛɛ trɔk du no;+ ná ne nyinaa yɛ ade korɔ,+ na ne tenten ne ne kɛseɛ yɛ pɛ.

38 Ɔyɛɛ kɔbere asɛn du.+ Emu biara fa nsuo bat susuhina 40. Ɛsɛn biara, ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa nnan. Trɔk du no mu biara, ɛsɛn baako si so. 39 Afei ɔde trɔk no nnum sisii ɛdan no nifa so, na ɔde nnum sisii ɛdan no benkum so; Ɛpo no nso, ɔde sii ɛdan no nifa so, ɛrekɔ apueeɛ fam.+

40 Hiram+ san yɛɛ asɛn ne sofi+ ne nkyɛnsee+ no.

Enti Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fie ho no:+ 41 Ɔyɛɛ adum mmienu+ ne ntaasoɔ nkuruwankuruwa a ɛsi adum mmienu no so, ne atena mmienu+ a ɛkata adum no ntaasoɔ nkuruwankuruwa mmienu no ho; 42 ɛne atena mmienu no ho granate akutuo 400+ no, atena no biara ho granate akutuo no sa so mmienu, ebi wɔ soro na ebi wɔ fam, na ɛkataa adum mmienu no ntaasoɔ nkuruwankuruwa no ho; 43 ɛne trɔk du a wɔde twe nsuo+ ne asɛn du+ a ɛsisi trɔk no so; 44 ɛne Ɛpo no+ ne anantwie 12 a Ɛpo no si wɔn so no; 45 ɛne deɛ wɔde sesa nsõ, sofi, nkyɛnsee, ne ɛho nneɛma nyinaa. Weinom nyinaa Hiram yɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fie no ho; ɔde kɔbere a wɔatwi ho na ɛyɛeɛ. 46 Yordan mantam mu na ɔhene guu nneɛma yi; ɔguu wɔ dɔteɛ mu wɔ Sukot ne Saretan ntam.

47 Solomon ankari saa nneɛma yi nyinaa, ɛfiri sɛ na ɛdɔɔso dodo, na wɔammu kɔbere no dodoɔ ano.+ 48 Solomon yeyɛɛ Yehowa fie hɔ nneɛma nyinaa: sika kɔkɔɔ afɔrebukyia,+ sika kɔkɔɔ pono+ a wɔbɛhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ no wɔ so, 49 sika kɔkɔɔ amapa nkaneadua+ a nnum sisi nifa so na nnum nso sisi benkum so wɔ pia mu pia no anim, ne nhwiren,+ nkanea, ne nneɛma a wɔde fa gya a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛeɛ,+ 50 ne asɛn, adumgya,+ nkyɛnsee, nkuruwa,+ ne nkyɛnsee a wɔde gya gu mu+ a wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛeɛ no; ɛne pia mu pia,+ kyerɛ sɛ, Kronkron Mu Kronkronbea hɔ apono no nsisoɔ, ne asɔredan no apono+ a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛeɛ no nyinaa.

51 Ɔhene Solomon wiee Yehowa fie no ho adwuma a ɔyɛeɛ no nyinaa. Ɛnna Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baa mu;+ ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no bɛguu Yehowa fie adekora adan no mu.+

8 Saa berɛ no, Solomon boaboaa Israel mpanimfoɔ ano,+ mmusuakuo mu atitire, ne Israelfoɔ agyanom abusuafie mpanimfoɔ nyinaa.+ Wɔbaa Ɔhene Solomon nkyɛn wɔ Yerusalem sɛ wɔrebɛfa Yehowa apam adaka no afiri Dawid Kuro mu,+ kyerɛ sɛ, Sion.+ 2 Bosome Etanim* mu, kyerɛ sɛ, bosome a ɛtɔ so nson mu no, Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa Ɔhene Solomon anim wɔ afahyɛ* no ase.+ 3 Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa bae, na asɔfoɔ no maa Adaka no so.+ 4 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ no de Yehowa Adaka no, ahyiaeɛ ntomadan no,+ ne nneɛma kronkron a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa baeɛ. 5 Saa berɛ no, na Ɔhene Solomon ne Israel asafo a ɔfrɛɛ wɔn bae no nyinaa abɔ dwa wɔ Adaka no anim. Wɔde nnwan ne anantwie bɔɔ afɔreɛ,+ na na mmoa no dɔɔso ara ma wɔantumi ankan wɔn ankyerɛ wɔn dodoɔ.

6 Afei asɔfoɔ no de Yehowa apam adaka no baa ne siberɛ,+ pia mu pia no mu, Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, na wɔde sii kerubim no ntaban ase.+

7 Ná kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so. Enti kerubim no ntaban kataa Adaka no ne nnua a ɛhyehyɛ ho no so.+ 8 Ná ɛho nnua no+ woware, enti sɛ obi wɔ Kronkronbea hɔ wɔ pia mu pia no anim a, ɔhu nnua no ti, nanso sɛ ɔwɔ abɔnten a, ɔnhunu; ɛhɔ na ɛwɔ de bɛsi nnɛ. 9 Ná hwee nni Adaka no mu, gye abopono mmienu+ a Mose de guu mu+ wɔ Horeb no; ɔde guu mu berɛ a Israelfoɔ firi Egypt asaase so reba+ a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam no.+

10 Berɛ a asɔfoɔ no pue firii kronkronbea hɔ no, mununkum+ bɛhyɛɛ Yehowa fie no ma.+ 11 Mununkum no nti, asɔfoɔ no antumi annyina hɔ ansom, ɛfiri sɛ Yehowa animuonyam hyɛɛ Yehowa fie hɔ ma.+ 12 Saa berɛ no, Solomon kaa sɛ: “Yehowa se mununkum kusuu mu na ɔbɛtena.+ 13 Matumi asi tenabea a ɛkorɔn ama wo, na mayɛ baabi a wobɛtena daa.”+

14 Afei, berɛ a Israel asafo no nyinaa gyinagyina wɔn nan so no, ɔhene danee n’ani kaa nsɛm bi de hyiraa Israel asafo no nyinaa.+ 15 Ɔkaa sɛ: “Ayeyie nka Israel Nyankopɔn Yehowa a ɔbuee n’ano hyɛɛ me papa Dawid bɔ, na ɔnam ne nsa so ama no aba mu no; asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, 16 ‘Ɛfiri da a meyii me man Israel firii Egypt de bɛsi nnɛ da yi, menyii Israel mmusuakuo no kuro bi sɛ wɔnsi fie mma me din ntena hɔ,+ nanso mayi Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.’ 17 Ná ɛda me papa Dawid akoma so sɛ ɔbɛsi fie ama Israel Nyankopɔn Yehowa din.+ 18 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ me papa Dawid sɛ, ‘Ɛyɛ w’akoma so adeɛ sɛ wobɛsi fie de me din ato so; woayɛ adeɛ sɛ ɛda w’akoma so. 19 Mmom ɛnyɛ wo na wobɛsi fie no; wo ba a wobɛwo no* na ɔbɛsi fie no de me din ato so.’+ 20 Yehowa ama ne bɔhyɛ aba mu, ɛfiri sɛ madi me papa Dawid adeɛ, na matena Israel ahennwa so sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ bɔ no. Afei nso, masi fie de Israel Nyankopɔn Yehowa din ato so,+ 21 na mapɛ baabi de Adaka no asi; emu na apam a Yehowa ne yɛn agyanom yɛeɛ berɛ a ɔyii wɔn firii Egypt asaase so no wɔ.”+

22 Afei Solomon kɔgyinaa Yehowa afɔrebukyia no anim wɔ Israel asafo no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kyerɛɛ soro.+ 23 Ɛnna ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni ɔsoro ne asaase so a ɔte sɛ wo;+ wo na wokora apam so, na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi+ kyerɛ wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa som wo no.+ 24 Wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid bɔ, na woama no aba mu. Wo ara na wobuee w’ano hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ da yi wonam wo nsa so ama no aba mu.+ 25 Enti afei, Yehowa, Israel Nyankopɔn, ɛbɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no, ma no mmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yie na wɔsom me sɛdeɛ woasom me yi a, ɛnneɛ daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahennwa so wɔ m’anim.’+ 26 O Israel Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma ɛbɔ a wohyɛɛ me papa, w’akoa Dawid no mmra mu.

27 “Enti Onyankopɔn bɛtumi atena asaase so?+ Hwɛ! Ɔsoro ne ɔsoro mu soro mpo sua ma wo,+ na kampɛsɛ efie a masi yi!+ 28 Nanso, O Yehowa me Nyankopɔn, dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na tie w’akoa sufrɛ ne mpaeɛ a merebɔ wɔ w’anim nnɛ yi. 29 Bue w’ani hwɛ fie yi anadwo ne awia, faako a wokaa sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’+ no, na tie mpaeɛ a w’akoa de n’ani kyerɛ ha bɔ no.+ 30 Sɛ w’akoa ne wo man Israel de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ a, tie yɛn nkotosrɛ; sɛ ɛduru w’asom wɔ wo tenabea a ɛwɔ soro no a, tie yɛn.+ Tie, na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn.+

31 “Sɛ onipa bi yɛ ne yɔnko bɔne, na ne yɔnko no ma no ka ntam* na ntam* no de asodie to ne so, na sɛ ɔba w’afɔrebukyia no anim wɔ fie yi mu berɛ a waka ntam* no a,+ 32 ɛnneɛ firi soro hɔ tie, na yɛ biribi fa bu wo nkoa no ntam atɛn; bu ɔbɔnefoɔ no fɔ* ma deɛ ɔyɛeɛ no mmɛgu ne tiri so, na bu ɔteneneeni no bem* na dom no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.+

33 “Sɛ ɛba sɛ wo man Israel kɔ so yɛ wo bɔne, ma enti wɔdi nkoguo wɔ atamfo anim,+ na sɛ wɔsan ba wo nkyɛn bɛhyɛ wo din animuonyam,+ na wɔbɔ mpaeɛ de wɔn nkotosrɛ ba w’anim wɔ fie yi mu a,+ 34 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro hɔ tie, na fa wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na san fa wɔn bra asaase a wode maa wɔn agyanom no so.+

35 “Sɛ bɔne a wɔkɔ so yɛ wo nti,+ ɔsoro mu to na nsuo antɔ,+ na brɛ a woabrɛ wɔn ase* nti, wɔsan firi wɔn bɔne ho de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ na wɔkamfo wo din a,+ 36 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro hɔ tie, na fa wo nkoa, wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na wo na wobɛkyerɛkyerɛ wɔn+ kwampa a wɔmfa so. Ma nsuo ntɔ w’asaase a wode ama wo man sɛ wɔn agyapadeɛ no so.+

37 “Sɛ ɛkɔm na ɛbɛba asaase no so oo,+ sɛ nsanyareɛ a ɛdi awuo na ɛbɛba oo, sɛ ɛhyew na ɛbɛma nnɔbaeɛ awuwu oo, sɛ yareɛ na ɛbɛsi wɔn mfuo so oo,+ sɛ ntutummɛ anaa mmɛbɛ na ɛbɛba oo, sɛ wɔn atamfo na wɔbɛto ahyɛ wɔn nkuro* no biara so oo, ɔhaw anaa yareɛ biara a ɛbɛba wɔn so no,+ 38 mpaebɔ anaa nkotosrɛ biara+ a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa de bɛba w’anim no, (ɛfiri sɛ obiara nim n’akomam haw)+ sɛ wɔtrɛ wɔn nsam kyerɛ fie yi a, 39 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,+ na ma onipa biara akatua sɛdeɛ n’akwan teɛ,+ ɛfiri sɛ wo na wonim n’akomam (wo nko ara na wonim deɛ ɛwɔ ɔdasani biara akomam);+ 40 ɛno bɛma wɔasuro wo, nna dodoɔ a wɔbɛdi wɔ asaase a wode maa yɛn agyanom no so.

41 “Afei ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu mpo, sɛ wo din nti ɔfiri akyirikyiri asaase so ba,+ 42 (ɛfiri sɛ wo din kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den ne wo basa a woatene mu no, nkurɔfoɔ bɛte ho asɛm)+ na ɔde n’ani kyerɛ fie yi bɔ mpaeɛ a, 43 ɛnneɛ firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ na yɛ ɔhɔhoɔ no abisadeɛ a ɔde ato w’anim nyinaa ma no, na ama asaase so aman nyinaa ahu wo din na wɔasuro wo+ sɛdeɛ wo man Israel suro wo no, na wɔahu sɛ wo din da efie a masi yi so.

44 “Sɛ wo man ne wɔn atamfo kɔko a, ɛmfa ho baabi a wobɛma wɔn akɔ no,+ sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ kuro a woayi no,+ ne efie a masi ama wo din no bɔ wo a wo din de Yehowa no mpaeɛ a,+ 45 ɛnneɛ, firi ɔsoro hɔ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ na di wɔn asɛm ma wɔn.

46 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo (bɔne nso deɛ, onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bi),+ na sɛ wo bo fu wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no kye wɔn kɔ asaase a ɛwɔ akyirikyiri anaa deɛ ɛbɛn so,+ 47 na sɛ wɔn ani ba wɔn ho so wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so,+ na wɔsan ba wo nkyɛn+ bɛkoto srɛ wo wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so+ na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne, yɛafom, na yɛadi amumuyɛsɛm,’+ 48 na sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa san ba wo nkyɛn+ wɔ asaase a wɔn atamfo kyee wɔn kɔɔ so no so, na sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ asaase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayi ne efie a masi ama wo din no bɔ mpaeɛ a,+ 49 ɛnneɛ firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ, na di wɔn asɛm ma wɔn; 50 wo man a wɔayɛ wo bɔne no, fa wɔn bɔne a wɔayɛ wo nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔn asɛm nyɛ mmɔbɔ wɔ atamfo a wɔakye wɔn no anim, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ+ 51 (ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ,+ na wo na woyii wɔn firii Egypt;+ woyii wɔn firii fononoo a wɔde nane dadeɛ no mu).+ 52 Ma w’ani mmra w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ so,+ na tie wɔn sufrɛ berɛ nyinaa.*+ 53 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, asaase so aman nyinaa mu no, woyii wɔn de wɔn yɛɛ w’agyapadeɛ,+ sɛdeɛ wonam w’akoa Mose so kaeɛ berɛ a wode yɛn agyanom firi Egypt reba no.”

54 Berɛ a Solomon wiee mpaeɛ a ɔbɔɔ Yehowa ne nkotosrɛ a ɔde kɔɔ n’anim yi nyinaa pɛ, ɔsɔre firii Yehowa afɔrebukyia no anim; ɛhɔ na na wabu nkotodwe atrɛ ne nsam akyerɛ ɔsoro.+ 55 Afei ɔsɔre gyinaa hɔ, na ɔde nne kɛseɛ hyiraa Israel asafo no nyinaa sɛ: 56 “Ayeyie nka Yehowa a wama ne man Israel homebea sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no.+ Nneɛma pa a ɔnam n’akoa Mose so hyɛɛ ho bɔ no, ne nyinaa aba mu.+ 57 Yehowa yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi sɛdeɛ ɔdii yɛn agyanom akyi no.+ Mma no mmpo yɛn na mma no nnnya yɛn.+ 58 Ma no nnane yɛn akoma mmra ne nkyɛn+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante n’akwan nyinaa so na yɛadi ne mmara nsɛm, n’ahyɛdeɛ, ne n’atemmusɛm so sɛdeɛ ɔkaa sɛ yɛn agyanom nyɛ no. 59 Na m’adesrɛ a mede ato Yehowa anim yi, ma Yehowa yɛn Nyankopɔn nkae awia ne anadwo, na da biara, ma no nni n’akoa asɛm mma no na ɔnni ne man Israel nso asɛm mma wɔn, sɛdeɛ ɛsɛ; 60 ɛno bɛma asaase so aman nyinaa ahu sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn no.+ N’akyi no, obiara nni hɔ bio!+ 61 Enti momfa akoma a ɛdi mu+ nsom Yehowa yɛn Nyankopɔn, na monnante n’ahyɛdeɛ mu na monni ne mmara nsɛm so sɛdeɛ moreyɛ nnɛ da yi.”

62 Afei ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ afɔre kɛseɛ wɔ Yehowa anim.+ 63 Solomon de anantwie 22,000 ne nnwan 120,000 na ɛbɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ+ no maa Yehowa. Enti ɔhene ne Israel nyinaa buee Yehowa fie no ano.+ 64 Saa da no, ɔhene yɛɛ Yehowa fie anim adihɔ no mfimfini hɔ kronkron, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ no, na asomdwoeɛ afɔreɛ ho sradeɛ no nso, ɛhɔ na na ɔbɛhye no; deɛ enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, kɔbere afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no, na ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ ho sradeɛ+ a wɔrebɛhye no nyinaa renkɔ so. 65 Saa berɛ no, Solomon ne Israel nyinaa dii afahyɛ no;+ ná wɔyɛ badwa kɛseɛ a wɔfiri Lebo-Hamat* hyeɛ so kɔsi Egypt Subɔn+ ano. Wɔdii no nnafua 7 wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim, na wɔdii nnafua 7 bio kaa ho maa no yɛɛ nnafua 14. 66 Da a ɛdi hɔ* no, ɔgyaa ɔman no kwan, na wɔhyiraa ɔhene, na obiara kɔɔ ne fie, na nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nti, wɔde anigyeɛ ne akomatɔyam na ɛkɔeɛ.+

9 Berɛ a Solomon wiee Yehowa fie ne ahemfie* no+ ne biribiara a ɛda Solomon akoma so sɛ ɔbɛyɛ no ara pɛ,+ 2 Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon ne mprenu so sɛdeɛ ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ Gibeon no.+ 3 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ ne w’adesrɛ a wode too m’anim no. Mayɛ efie a woasi yi kronkron de me din ato so kɔsi daa;+ mɛma m’ani aku ho na mahwɛ so daa.+ 4 Na wo, sɛ wode akoma a ɛdi mu+ som me na woyɛ adetenenee+ te sɛ wo papa Dawid,+ na woyɛ deɛ maka akyerɛ wo nyinaa,+ na wodi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so a,+ 5 ɛnneɛ me nso mɛma w’ahennwa atim Israel so daa sɛdeɛ mehyɛɛ wo papa Dawid bɔ no. Meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahennwa so.’+ 6 Nanso sɛ wo ne wo mma dane mo akyi kyerɛ me, na moanni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mede ama mo no so, na mokɔsom anyame foforɔ na mokoto wɔn a,+ 7 ɛnneɛ me nso asaase a mede ama Israel no, mɛtu wɔn afiri so,+ na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene,+ na wɔde Israel aka asɛm asere* adi ho fɛ wɔ aman nyinaa mu.+ 8 Na efie yi bɛdane amamfo,+ na obiara a ɔbɛtwam no bɛhunu ama ne ho adwiri no, na wabɔ hwerɛma aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne efie yi sei?’+ 9 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagya Yehowa, wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn agyanom firii Egypt asaase so no ntira; wɔagya no hɔ akɔdi anyame foforɔ akyi, na wɔakoto asɔre wɔn. Ɛno nti na Yehowa de amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+

10 Solomon de mfeɛ 20 na ɛsii afie mmienu no, Yehowa fie ne ahemfie* no.+ 11 Tiro hene Hiram+ de sida nnua ne papao nnua ne sika kɔkɔɔ dodoɔ biara a Solomon pɛ bɛboaa no,+ ɛnna Ɔhene Solomon de nkuro 20 a ɛwɔ Galilea asaase so maa Hiram. 12 Enti Hiram firii Tiro kɔhwɛɛ nkuro a Solomon de maa no no, nanso n’ani annye ho. 13 Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Me nua, nkuro bɛn na wode ama me yi?” Ɛno nti wɔafrɛ hɔ Kabul Asaase* de abɛsi nnɛ. 14 Hiram soma maa wɔde sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ* 120 kɔmaa ɔhene.+

15 Apaafoɔ+ a Ɔhene Solomon maa wɔsii Yehowa fie,+ ɔno ara ne fie,* Esie no,*+ Yerusalem fasuo, Hasor,+ Megido,+ ne Geser+ no ho nsɛm nie. 16 (Ná Egypt hene Farao akɔ Geser so akɔko agye kuro no de gya ahye, na Kaananfoɔ+ a wɔtete kuro no mu nso, na wakunkum wɔn. Enti ɔde kuro no maa ne babaa,+ Solomon yere no, de gyaa no kwan.*) 17 Solomon san kyekyeree Geser, Anaafoɔ Bet-Horon,*+ 18 Baalat,+ ne Tamar a ɛwɔ serɛ so wɔ n’asaase so, 19 na Solomon adekora nkuro nyinaa, nteaseɛnam nkuro,+ nkuro a ɔkyekyere maa ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so, ne ɛdan biara a Solomon pɛɛ sɛ ɔsi wɔ Yerusalem, Lebanon, ne nsaase a ɔdi so nyinaa nso, ɔyɛɛ ho adwuma. 20 Nnipa a aka a wɔfiri Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ mu a wɔnyɛ Israelfoɔ no,+ 21 wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfoɔ antumi ansɛe wɔn no, Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ nkoa de abɛsi nnɛ.+ 22 Israelfoɔ deɛ, Solomon amfa obiara anyɛ akoa amma no anyɛ adwuma amma no;+ mmom na wɔyɛ n’asraafoɔ, n’asomfoɔ, ne mpanimfoɔ, ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so. 23 Ná Solomon wɔ mpanimfoɔ so akunini 550; wɔn na na wɔdeda adwumayɛfoɔ no ano.+

24 Farao babaa+ no deɛ, ɔfirii Dawid Kuro mu+ kɔɔ efie a wasi ama no no mu. Ɛno akyi na ɔhene kyekyeree Esie no.*+

25 Afe biara, na Solomon bɔ afɔreɛ mprɛnsa+ wɔ afɔrebukyia a ɔsi maa Yehowa no so,+ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ. Afei nso, na ɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Yehowa anim no so. Enti ɔwiee efie no ho adwuma nyinaa.+

26 Ɔhene Solomon yeyɛɛ ahyɛn pii nso wɔ Esion-Geber.+ Ná ɛhɔ bɛn Elot wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ano wɔ Edom asaase so.+ 27 Hiram maa ne nkoa a wɔnim po so adwuma kɔkaa Solomon nkoa ho ne wɔn yɛɛ adwuma;+ wɔrekɔ no, wɔde po so ahyɛn kɔeɛ. 28 Wɔkɔɔ Ofir,+ na wɔgyee sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ 420 brɛɛ Ɔhene Solomon.

10 Afei Saba hemmaa tee sɛdeɛ Yehowa ama Solomon agye din.+ Enti ɔbaa sɛ ɔde nsɛmmisa a ɛkyere adwene* rebɛsɔ no ahwɛ.+ 2 Ɔde dɔm kɛseɛ*+ ne yoma a wɔsoso balsam ngo+ ne sika kɔkɔɔ pii ne aboɔden aboɔ baa Yerusalem. Ɔbaa Solomon nkyɛn, na ɔde biribiara a ɛda n’akoma so too ɔhene anim. 3 Ɛnna Solomon nso buaa ne nsɛm no nyinaa; biribiara nni hɔ a ɛkyeree ɔhene so a wantumi ankyerɛ mu.

4 Berɛ a Saba hemmaa huu Solomon nyansa nyinaa,+ efie a wasi,+ 5 nnuane a ɛwɔ ne pono so,+ sɛdeɛ n’ahemfie mpanimfoɔ tete ne nkyɛn, n’asomfoɔ a wɔsom wɔ pono ho ne wɔn ntaadeɛ, nsahyɛfoɔ, ne ɔhyeɛ afɔreɛ a daa ɔbɔ no Yehowa fie no, ɔhemmaa no ho dwirii no papaapa.* 6 Enti ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo nyansa ne deɛ woayɛ ho nsɛm* a metee no m’asaase so nyinaa yɛ nokorɛ. 7 Mannye wɔn nsɛm no anni kɔsii sɛ me ara mede m’ani bɛhunuiɛ; deɛ wɔka kyerɛɛ me no, anokwa, ɛnnuru wo nyansa ne w’ahonyadeɛ no fã mpo! Deɛ mabɛhunu yi boro deɛ meteeɛ no so koraa. 8 Anigyeɛ ne wo nkurɔfoɔ, na anigyeɛ ne wo nkoa a wɔgyina w’anim daa tie wo nyansa no!+ 9 Ayeyie nka Yehowa wo Nyankopɔn;+ ɔno na ayɛ no fɛ sɛ ɔde wo bɛtena Israel adwa so. Yehowa dɔ Israel kɔsi daa, enti na wasi wo hene sɛ hwɛ ma atɛntenenee ne tenenee nkɔ so no.”

10 Ɛnna ɔmaa ɔhene sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ* 120, balsam ngo+ pii, ne aboɔden aboɔ.+ Balsam ngo dodoɔ a Saba hemmaa de maa Ɔhene Solomon no, obiara amfa bi amma saa bio.

11 Hiram ahyɛn a na ɛde sika kɔkɔɔ firi Ofir ba no,+ na ɛde algum nnua+ pii ne aboɔden aboɔ+ nso firi Ofir ba. 12 Ɔhene de algum nnua yɛɛ nnyinasoɔ wɔ Yehowa fie ne ahemfie* hɔ, na ɔde bi nso yɛɛ asankuo ne asankuten maa nnwontofoɔ no.+ Ɛbɛsi nnɛ, algum nnua a ɛte saa bi mmaa da, na wɔnhunuu ɛso bi bio.

13 Ɔhene Solomon nso de deɛ Saba hemmaa pɛ ne deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no; ɛsono deɛ Ɔhene Solomon ankasa yii ne yam de maa no.* Afei ɔhemmaa no san n’akyi kɔɔ n’asaase so, ɔne ne nkoa.+

14 Afe biara, sika kɔkɔɔ a na Solomon nya no, emu duro yɛ dwetikɛseɛ 666;+ 15 ɛsono deɛ na akwantufoɔ de ba, ne mfasoɔ a na adwadifoɔ no, Arabia ahemfo nyinaa, ne asaase no so amradofoɔ de ba.

16 Ɔhene Solomon de sika kɔkɔɔ a wɔde dadeɛ afra yɛɛ akyɛm akɛseɛ 200+ (ɔde sika kɔkɔɔ a emu duro yɛ nnwetɛbena* 600 guu akyɛm no biara ho),+ 17 na ɔde sika kɔkɔɔ a wɔde dadeɛ afra yɛɛ akyɛm nketewa* 300 (ɔde sika kɔkɔɔ mmɛnnaa* mmiɛnsa guu saa akyɛm no biara ho). Afei ɔhene de guu Lebanon Kwaeɛfie hɔ.+

18 Ɔhene yɛɛ asonse* ahennwa kɛseɛ bi+ nso, na ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa.+ 19 Stɛps a ɛtoatoa so nsia na na wɔforo kɔ ahennwa no anim; wɔyɛɛ biribi te sɛ apata kurukuruwa wɔ ahennwa no soro. Ná ahennwa no wɔ nsa wɔ ha ne ha, na na wɔayɛ agyata+ mmienu gyinagyina nsa no ho. 20 Agyata 12 gyinagyina stɛps a ɛtoatoa so nsia no so; stɛps biara, mmienu na ɛgyina so. Baako wɔ ano ha, ɛnna baako nso wɔ ano ha. Ná wɔnyɛɛ bi saa da wɔ ahennie biara mu.

21 Deɛ Ɔhene Solomon nom mu nyinaa, wɔde sika kɔkɔɔ na ɛyɛeɛ, na Lebanon Kwaeɛfie+ hɔ nneɛma nyinaa, wɔde sika kɔkɔɔ amapa na ɛyɛeɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ emu biara, ɛfiri sɛ na dwetɛ nka hwee wɔ Solomon berɛ so.+ 22 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na ɔhene wɔ Tarsis+ ahyɛn pii wɔ po so a ɛne Hiram ahyɛn kɔ kwan so. Mfeɛ mmiɛnsa biara, na Tarsis ahyɛn no de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, asonse,+ nkontromfi, ne piikɔk* ba.

23 Enti sɛ yɛreka ahonyadeɛ ne nyansa a, na asaase so hene biara nto Ɔhene Solomon.+ 24 Nnipa firi asaase so baabiara baa Solomon anim bɛtiee nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ n’akomam no.+ 25 Afe biara, na nkurɔfoɔ de akyɛdeɛ brɛ no: dwetɛ ne sika kɔkɔɔ nneɛma, ntaadeɛ, akodeɛ, balsam ngo, apɔnkɔ, ne mfunumupɔnkɔ.

26 Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ* ano, na ɔnyaa nteaseɛnam 1,400 ne apɔnkɔ* 12,000,+ na ɔde kɔɔ nteaseɛnam nkuro mu, na na ɛhɔ bɛn ɔhene wɔ Yerusalem.+

27 Ɔhene maa dwetɛ dɔɔso wɔ Yerusalem sɛ aboɔ, na ɔmaa sida nnua dɔɔso sɛ sikamɔɔ nnua a ɛwɔ Sefela.+

28 Solomon apɔnkɔ no, wɔkra firii Egypt; ná ɔhene adwadifoɔ no kɔtɔ apɔnkɔ* no akuakuo tua boɔ a wɔatwa ato so.+ 29 Nteaseɛnam a wɔkra firii Egypt no, na ebiara boɔ yɛ nnwetɛbena 600, na pɔnkɔ nso boɔ yɛ nnwetɛbena 150. Ná wɔn nso kɔtɔn ma Hitifoɔ+ ahemfo ne Siria ahemfo.

11 Ɔhene Solomon dɔɔ aman foforɔ so mmaa+ bebree kaa Farao babaa+ no ho. Ná mmaa no firi Moab,+ Ammon,+ Edom, Sidon,+ ne Hitifoɔ+ mu. 2 Aman a wɔfiri mu no, na Yehowa aka akyerɛ Israelfoɔ sɛ: “Monnkɔ wɔn mu,* na mommma wɔn nso mmma mo mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛdane mo akoma ama moakɔdi anyame foforɔ akyi.”+ Nanso Solomon de ne ho kɔbataa wɔn ho dɔɔ wɔn. 3 Ɔnyaa yerenom 700 a wɔyɛ adehyeɛ, ne mpenafoɔ* 300, na ne yerenom de nkakrankakra danee n’akoma.* 4 Solomon nkɔkoraaberɛ mu+ no, ne yerenom danee n’akoma kɔdii anyame foforɔ akyi;+ wamfa akoma a ɛdi mu ansom Yehowa ne Nyankopɔn te sɛ ne papa Dawid. 5 Solomon kɔdii Sidonfoɔ nyamebaa Astoret,+ ne Ammonfoɔ bosom fĩ Milkom+ akyi. 6 Na Solomon yɛɛ Yehowa ani so bɔne, na wanni Yehowa akyi ankɔsi aseɛ sɛdeɛ ne papa Dawid yɛeɛ no.+

7 Saa berɛ no, Solomon sii sorɔnsorɔmmea*+ maa Moabfoɔ bosom fĩ Kemos wɔ bepɔ a ɛwɔ Yerusalem anim no so, na ɔsii bi nso maa Ammonfoɔ bosom+ fĩ Molek.+ 8 Saa ara na ɔyɛ maa ne yerenom a wɔfiri aman foforɔ so a wɔhyee afɔrebɔdeɛ na wɔbɔɔ afɔreɛ maa wɔn anyame no nyinaa.

9 Yehowa bo fuu Solomon, ɛfiri sɛ n’akoma dane firii Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no mprenu+ no ho. 10 Ná wabɔ no kɔkɔ wɔ wei ho sɛ mma no nnkɔdi anyame foforɔ akyi,+ nanso wanni Yehowa asɛm so. 11 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Ɛsiane sɛ woayɛ wei na woanni m’apam ne m’ahyɛdeɛ so nti, deɛ ɛteɛ biara mɛhwim ahennie no afiri wo nsam, na w’akoa na mede bɛma no.+ 12 Nanso wo papa Dawid nti, merenyɛ wei wɔ wo berɛ so. Wo ba nsam na mɛhwim afiri.+ 13 Mmom ɛnyɛ ahennie no nyinaa na mɛhwim.+ M’akoa Dawid ne Yerusalem a mayi+ nti, mede abusuakuo baako bɛma wo ba.”+

14 Ɛnna Yehowa maa obi a wɔfrɛ no Hadad sɔre tiaa Solomon.+ Ná ɔyɛ Edomni a ɔfiri Edom+ adehyeɛ abusua mu. 15 Berɛ bi a Dawid dii Edomfoɔ so nkonim+ a ɔsahene Yoab kɔɔ sɛ ɔrɛkɔsie wɔn a wɔawuwuo no, ɔfirii aseɛ kunkum Edom mmarima nyinaa. 16 (Abosome nsia na Yoab ne Israel nyinaa dii wɔ hɔ kɔsii sɛ ɔkunkum Edom mmarima nyinaa.) 17 Nanso Hadad ne Edom mmarima bi a wɔyɛ ne papa nkoa dwane kɔɔ Egypt; saa berɛ no, na Hadad yɛ abarimaa. 18 Ɔne wɔn firii Midian* kɔɔ Paran, na wɔfaa mmarima firii Paran+ ne wɔn kɔɔ Egypt hene Farao nkyɛn wɔ Egypt, na ɔno nso maa no fie. Bio nso, ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ a wɔde bɛma no aduane, na ɔmaa no asaase nso. 19 Farao bɛpɛɛ Hadad asɛm paa, enti ɔmaa no yere; ɔde ne yere ɔhemmaa* Tapenes nuabaa maa no. 20 Akyire yi, ɔne Tapenes nuabaa no woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Genubat; Farao fie na Tapenes tetee abɔfra no,* na Genubat ne Farao mma tenaa Farao fie hɔ.

21 Berɛ a Hadad wɔ Egypt no, ɔtee sɛ Dawid ne n’agyanom akɔda,+ na ɔsahene Yoab nso awu.+ Enti Hadad ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Gya me kwan ma menkɔ me kurom.” 22 Nanso Farao bisaa no sɛ: “Wote me nkyɛn yi, ɛdeɛn na ɛhia wo a enti afei deɛ wopɛ sɛ wokɔ wo kurom?” Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Hwee nhia me, nanso mesrɛ wo, gya me kwan ma menkɔ.”

23 Onyankopɔn maa Eliada ba Reson nso sɔre tiaa Solomon.+ Ná ɔyɛ Soba hene Hadadeser+ akoa a wadwane. 24 Berɛ bi a Dawid dii Sobafoɔ so nkonim* no,+ Reson boaboaa mmarima bi ano baa ne nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ nnipabɔnefoɔ dɔm no so panin. Enti wɔkɔɔ Damasko+ kɔtenaa hɔ, na wɔdii adeɛ wɔ Damasko. 25 Sɛdeɛ Hadad teetee Israel no, Solomon nna nyinaa mu no, Reson nso sɔre tiaa wɔn; berɛ a ɔdi adeɛ wɔ Siria no, na ɔkyiri Israel kɔkɔkɔkɔ.

26 Efraimni Nebat a ɔfiri Sereda no ba Yeroboam+ nso tee atua tiaa* Solomon.+ Ná ɔyɛ Solomon akoa,+ na na ne maame yɛ okunafoɔ a ne din de Serua. 27 Deɛ enti a ɔtee atua tiaa ɔhene nie: Ná Solomon akyekyere Esie no,*+ na na wahyɛ ne papa Dawid Kuro no+ den. 28 Ná Yeroboam yɛ ɔbarima a ɔbɔ ne ho mmɔden. Solomon huu sɛ aberanteɛ no yɛ obi a ɔpɛ adwuma, enti ɔyɛɛ no Yosef fie apaafoɔ nyinaa sohwɛfoɔ.+ 29 Saa berɛ no ara mu na Yeroboam pue firii Yerusalem, na Siloni Ahiya+ a ɔyɛ odiyifoɔ no hyiaa no wɔ kwan so; ná Ahiya hyɛ ataade foforɔ, na na obiara nka wɔn mmienu ho wɔ wuram hɔ. 30 Ɛnna Ahiya sɔɔ ataade foforɔ a ɛhyɛ no no mu, na ɔsunsuan mu asinasini 12. 31 Na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ:

“Yi asinasini du na fa, na deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Mɛhwim ahennie no afiri Solomon nsam, na mede mmusuakuo du bɛma wo.+ 32 Nanso m’akoa Dawid+ ne Yerusalem kuro a mayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu+ nti, mɛgya abusuakuo baako ama no.+ 33 Deɛ enti a mereyɛ saa ne sɛ, me nkurɔfoɔ agya me+ akɔkoto Sidonfoɔ nyamebaa Astoret ne Moabfoɔ nyame Kemos ne Ammonfoɔ nyame Milkom; wɔannante m’akwan so anyɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so, na wɔanni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so te sɛ ne papa Dawid. 34 Mmom merennye ahennie no nyinaa mfiri ne nsam; m’akoa Dawid a mayi no nti,+ mɛma no akɔ so ayɛ otitire ne nkwa nna nyinaa, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔdii me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so. 35 Nanso mɛgye ahennie no afiri ne ba nsam ama wo; mmusuakuo du na mede bɛma wo.+ 36 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daa m’akoa Dawid bɛnya kanea* wɔ m’anim wɔ Yerusalem,+ kuro a mayi de me din ato so no mu nti, mede abusuakuo baako bɛma ne ba. 37 Mayi wo, na wobɛdi deɛ wopɛ* biara so; wobɛdi Israel so hene. 38 Sɛ wodi me nsɛm nyinaa so, na wonante m’akwan so yɛ deɛ ɛtene m’ani so, na wodi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm nyinaa so sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ no+ a, ɛnneɛ me nso mɛdi w’akyi, na mɛkyekyere efie ama wo daa, sɛdeɛ makyekyere bi ama Dawid no,+ na mede Israel bɛma wo. 39 Wei nti mɛbrɛ Dawid asefoɔ ase,+ nanso ɛrenyɛ saa daa.’”+

40 Ɛno nti Solomon pɛɛ sɛ ɔkum Yeroboam. Ɛnna Yeroboam dwane kɔɔ Egypt hene Sisak+ nkyɛn, na ɔtenaa Egypt+ kɔsii sɛ Solomon wuiɛ.

41 Solomon ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nyansa no, wɔatwerɛ no Solomon ho abakɔsɛm nwoma no mu.+ 42 Mfeɛ* dodoɔ a Solomon dii Israel nyinaa so hene wɔ Yerusalem no yɛ mfeɛ 40. 43 Afei Solomon ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ ne papa Dawid Kuro mu, na ne ba Rehoboam+ bɛdii n’adeɛ.

12 Rehoboam kɔɔ Sekem. Ná Israelfoɔ nyinaa aba Sekem+ sɛ wɔrebɛsi no hene.+ 2 Nebat ba Yeroboam tee deɛ asi. (Saa berɛ no, Ɔhene Solomon nti, na wadwane akɔtena Egypt.)+ 3 Ɛnna wɔsoma kɔfrɛɛ no baeɛ. Ɛno akyi no, Yeroboam ne Israel asafo no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: 4 “Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru.+ Sɛ woma adwuma denden a wo papa maa yɛyɛeɛ ne kɔndua duruduro a ɔde too yɛn so no mu yɛ hare a, yɛbɛsom wo.”

5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, na ɛdi nnansa a, monsan mmra.” Enti nkurɔfoɔ no firii n’anim kɔeɛ.+ 6 Afei Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a ne papa Solomon te ase no na wɔsom no no kɔtuu agyina sɛ: “Afotuo bɛn na mowɔ ma me na menhunu deɛ mɛka akyerɛ nkurɔfoɔ no?” 7 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛnnɛ wopene so sɛ wobɛsom nkurɔfoɔ yi ayɛ wɔn abisadeɛ ama wɔn, na woka asɛmpa kyerɛ wɔn a, ɛnneɛ wɔbɛsom wo daa.”

8 Nanso wamfa mpanimfoɔ no afotuo no; mmom ɔne mmeranteɛ a ɔne wɔn sii so a na wɔabɛyɛ n’asomfoɔ no kɔtuu agyina.+ 9 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Afotuo bɛn na mowɔ ma me na yɛahunu deɛ yɛbɛka akyerɛ nkurɔfoɔ no? Asɛm a wɔde baeɛ ne sɛ, ‘Ma kɔndua duruduro a wo papa de too yɛn so no mu nyɛ hare.’” 10 Ɛnna mmeranteɛ a ɔne wɔn sii so no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkurɔfoɔ a wɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo deɛ, ma emu nyɛ hare mma yɛn’ no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me nsateaa ketewa mpo bɛyɛ kɛseɛ asene me papa sisi. 11 Me papa de kɔndua a emu yɛ duru soaa mo, na me deɛ, mɛma emu ayɛ duru asene saa. Me papa de abaa* na ɛhwee mo, na me deɛ, mede abaa a nkasɛɛ wɔ ho na ɛbɛhwe mo.’”

12 Sɛdeɛ Rehoboam kaa sɛ, “Monkɔ, na ɛdi nnansa a monsan mmra” no, Yeroboam ne nkurɔfoɔ no nyinaa baa ɔhene nkyɛn ne nnansa so.+ 13 Nanso ɔhene ne wɔn ankasa abodwoɔ so; wamfa mpanimfoɔ no afotuo a wɔde maa no no. 14 Sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no fo no, saa ara na ɔne ɔman no kasaeɛ. Ɔkaa sɛ: “Me papa maa mo kɔndua yɛɛ duru, nanso me deɛ, mede bi bɛka mo kɔndua no ho. Me papa de abaa na ɛhwee mo, na me deɛ, mede abaa a nkasɛɛ wɔ ho na ɛbɛhwe mo.” 15 Enti ɔhene antie nkurɔfoɔ no; Yehowa na ɔmaa no baa saa,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asɛm a Yehowa nam Siloni Ahiya so ka kyerɛɛ+ Nebat ba Yeroboam no bɛba mu.

16 Berɛ a Israel nyinaa huu sɛ ɔhene no antie wɔn no, wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɛdeɛn na yɛne Dawid wɔ yɛ? Yɛrennya hwee mpo mfiri ne hɔ. Ma Yese ba no mfa n’agyapadeɛ. Israelfoɔ ee, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn! Afei Dawid, wo ara hwɛ wo fie.” Ɛnna Israelfoɔ nyinaa kɔɔ wɔn afie mu.*+ 17 Nanso Israelfoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam kɔɔ so dii wɔn so.+

18 Ɛno akyi no, Ɔhene Rehoboam somaa Adoram+ a ɔhwɛ apaafoɔ so no, nanso Israelfoɔ nyinaa sii no aboɔ kum no. Ɔhene Rehoboam deɛ, ɔtumi foro kɔtenaa ne teaseɛnam mu dwane kɔɔ Yerusalem.+ 19 Atua a Israelfoɔ tee+ no Dawid fie so no, atoa so abɛsi nnɛ.

20 Berɛ a Israelfoɔ nyinaa tee sɛ Yeroboam asan aba no, ntɛm ara na wɔsoma kɔfrɛɛ no baa asafo no anim, na wɔsii no hene wɔ Israel nyinaa so.+ Obiara anni Dawid fie akyi bio, gye Yuda abusuakuo no.+

21 Berɛ a Rehoboam bɛduruu Yerusalem no, ntɛm ara na ɔboaboaa Yuda fie ne Benyamin abusuakuo mu akatakyie a wɔnim ko* nyinaa ano sɛ wɔne Israel fie rekɔko na wɔasan adane ahennie no ama Solomon ba Rehoboam; ná wɔyɛ akatakyie 180,000.+ 22 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn no ka kyerɛɛ ne diyifoɔ* Semaia+ sɛ: 23 “Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam a ɔyɛ Yuda hene no, ne Yuda fie nyinaa, ne Benyamin abusuakuo, ne ɔman no nyinaa sɛ, 24 ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Monhwɛ na mo ne mo nuanom Israelfoɔ no ankɔko. Obiara nsan nkɔ ne fie, na me na mama no aba saa.”’”+ Enti wɔtiee Yehowa asɛm, na wɔsan kɔɔ wɔn afie sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.

25 Afei Yeroboam san kyekyeree Sekem*+ wɔ Efraim mmepɔ so, na ɔtenaa hɔ. Ɔfirii hɔ san kɔkyekyeree Penuel.+ 26 Yeroboam kaa no n’akomam sɛ: “Anhwɛ a ahennie no bɛsan akɔdi Dawid fiefoɔ nsam.+ 27 Sɛ ɔmanfoɔ yi toa so kɔ Yerusalem kɔbɔ afɔreɛ wɔ Yehowa fie hɔ a,+ wɔn akoma bɛsan adane akɔdi wɔn wura, Yuda hene Rehoboam akyi; wɔbɛku me mpo, na wɔasan akɔdi Yuda hene Rehoboam akyi.” 28 Enti ɔhene ne ne nkurɔfoɔ tuu agyina, na ɔyɛɛ sika anantwie mma mmienu,+ ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Ɛyɛ den dodo sɛ mobɛkɔ Yerusalem. Israelfoɔ, mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Egypt asaase so no nie.”+ 29 Ɔde baako sii Betel,+ na ɔde baako a aka no nso sii Dan.+ 30 Wei maa wɔyɛɛ bɔne,+ na Dan a ɛwɔ akyirikyiri no mpo, ɔman no kɔsom ɛhɔ deɛ no.

31 Na ɔsisii abosom adan wɔ sorɔnsorɔmmea,* na ɔyii ɔmanfoɔ a wɔnyɛ Lewifoɔ yɛɛ wɔn asɔfoɔ.+ 32 Afei nso, Yeroboam maa wɔfirii aseɛ dii afahyɛ wɔ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no da a ɛtɔ so 15 no mu, te sɛ afahyɛ a wɔdi wɔ Yuda no.+ Afɔrebukyia a ɔsii no Betel no,+ ɔbɔɔ afɔreɛ wɔ so maa anantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔmaa asɔfoɔ a ɔyii wɔn no som wɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Betel no. 33 Enti bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no da a ɛtɔ so 15 no, ɔfirii aseɛ bɔɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia a ɔsii no Betel no so; saa bosome no, ɔno ara na ɔyiiɛ. Ɔmaa Israelfoɔ dii afahyɛ, na ɔforo kɔbɔɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so.

13 Berɛ a Yeroboam gyina afɔrebukyia no+ ho rehye afɔrebɔdeɛ no, Onyankopɔn nipa bi+ a Yehowa asoma no firi Yuda baa Betel. 2 Ɛnna ɔteaam kaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ afɔrebukyia no sɛ: “O afɔrebukyia, afɔrebukyia! Deɛ Yehowa aka nie: ‘Hwɛ! Wɔbɛwo ɔbabarima wɔ Dawid fie, na wɔbɛfrɛ no Yosia!+ Ɔde sorɔnsorɔmmea* asɔfoɔ a wɔbɔ wo so afɔreɛ no bɛbɔ afɔreɛ wɔ wo so, na ɔbɛhye nnipa nnompe wɔ wo so.’”+ 3 Saa da no, ɔde too dwa sɛ sɛnkyerɛnne* bi bɛsi. Ɔkaa sɛ: “Sɛnkyerɛnne* a Yehowa aka sɛ ɛbɛsi nie: Hwɛ! Afɔrebukyia no mu bɛpae, na emu nsõ* bɛbɔ apete.”

4 Berɛ a Ɔhene Yeroboam tee nokorɛ Nyankopɔn nipa no asɛm a ɔka tiaa Betel afɔrebukyia no, ntɛm ara na Yeroboam yii ne nsa firii afɔrebukyia no so tenee ne nsa kaa sɛ: “Monkye no!”+ Ɛhɔ ara, ne nsa a ɔde kyerɛɛ ne so no senseneeɛ,* na wantumi anka anto ne ho.+ 5 Sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaa Yehowa anom asɛm sɛ sɛnkyerɛnne* bi bɛsi no, ampa-ne-ampa ara afɔrebukyia no mu paee, na nsõ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no bɔ peteeɛ.

6 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Mesrɛ wo, pa Yehowa wo Nyankopɔn kyɛw ma me, na bɔ mpaeɛ ma me, na me nsa no nyɛ yie.”+ Enti nokorɛ Nyankopɔn nipa no paa Yehowa kyɛw, na ɔhene nsa no yɛɛ yie, na ɛyɛɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no. 7 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Ma yɛnkɔ fie na kɔdidi, na menkyɛ wo adeɛ.” 8 Nanso nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ wode wo fie fã mpo ma me a, me ne wo renkɔ, na merennidi* na merennom nsuo wɔ ha. 9 Ɛfiri sɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Nnidi,* na nnom nsuo, na ɛkwan a wobɛfa so akɔ no, nsan mfa so mma.’” 10 Enti ɔsiim faa ɛkwan foforɔ so, na ɛkwan a ɔnam so baa Betel no, wansan amfa so.

11 Ná odiyifoɔ akɔkoraa bi te Betel, na ne mma kɔɔ fie kɔkaa deɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no yɛɛ wɔ Betel saa da no nyinaa kyerɛɛ no. Nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔhene no nso, wɔka kyerɛɛ wɔn papa. 12 Ɛnna wɔn papa bisaa wɔn sɛ: “Ɛhe na ɔfa kɔeɛ?” Enti ne mma no kyerɛɛ no ɛkwan a nokorɛ Nyankopɔn no nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no faa so kɔeɛ. 13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Enti wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no, na ɔtenaa so.

14 Ɔtii nokorɛ Nyankopɔn nipa no kɔtoo no sɛ ɔte dua kɛseɛ bi ase. Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Wone nokorɛ Nyankopɔn no nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me a.” 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnkɔ fie na kɔdidi.”* 16 Nanso ɔkaa sɛ: “Merentumi ntie wo ne wo nkɔ, na merentumi ne wo nnidi* nnom nsuo wɔ ha. 17 Ɛfiri sɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Nnidi,* na nnom nsuo wɔ hɔ. Ɛkwan a wobɛfa so akɔ no, nsan mfa so mma.’” 18 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me nso meyɛ odiyifoɔ te sɛ wo ara, na ɔbɔfoɔ bi bɛkaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ me sɛ, ‘Ma no nsan ne wo mmra wo fie na ɔmmɛdidi na ɔnnom nsuo.’” (Ɔdaadaa no.) 19 Enti ɔne no kɔɔ sɛ ɔrekɔdidi* na wanom nsuo wɔ ne fie.

20 Berɛ a wɔte pono ho no, Yehowa kasa kyerɛɛ odiyifoɔ akɔkoraa no, 21 na ɔteaam ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ woabu Yehowa asɛm so na woanni Yehowa wo Nyankopɔn mmara so, 22 na woasan w’akyi akɔdidi* na woanom nsuo wɔ beaeɛ a ɔka kyerɛɛ wo sɛ: “Nnidi,* na nnom nsuo wɔ hɔ” no nti, wo funu renkɔ w’agyanom asieeɛ.’”+

23 Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn nipa no didi* nom wieeɛ no, odiyifoɔ akɔkoraa a ɔsan de no baeɛ no hyehyɛɛ afunumu maa no. 24 Enti ɔsiim kɔe, nanso gyata to hyɛɛ ne so wɔ kwan so kum no,+ na na ne funu da kwan no mu. Ná afunumu no gyina funu no ho, na na gyata no nso gyina ho. 25 Nkurɔfoɔ a wɔretwam huu sɛ efunu no da kwan no mu na gyata no gyina ho. Enti wɔbɛbɔɔ amanneɛ wɔ odiyifoɔ akɔkoraa no kurom hɔ.

26 Berɛ a odiyifoɔ a ɔde no san firi kwan no so baeɛ no tee asɛm no, ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ nokorɛ Nyankopɔn no nipa a ɔbuu Yehowa asɛm so no;+ ɛno nti na Yehowa de no maa gyata sɛ ɔnto nhyɛ ne so nku no, sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ no no teɛ.”+ 27 Afei ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Na wɔhyehyɛ maa no. 28 Ɔsiim kɔe, na ɔkɔhuu sɛ funu no da kwan no mu, na afunumu no ne gyata no gyinagyina ho. Ná gyata no nwee funu no, na afunumu no nso, na gyata no nyɛɛ no hwee. 29 Odiyifoɔ no maa nokorɛ Nyankopɔn nipa no funu so de too afunumu no so, na ɔsan de no baa ne kurom sɛ ɔrebɛsu no na wasie no. 30 Enti ɔde ne funu no bɛtoo ɔno ara n’asieeɛ, na wɔsuu no sɛ: “Due, me nua!” 31 Ɔsiee no wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Sɛ mewu a, monsie me wɔ asieeɛ a wɔsiee nokorɛ Nyankopɔn nipa no. Ne nnompe ho na momfa me nnompe ngu.+ 32 Yehowa asɛm a ɔnam ne so ka tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel ne Samaria nkuro mu abosom adan a ɛwowɔ sorɔnsorɔmmea no,+ ne nyinaa bɛba mu.”+

33 Asɛm yi akyi mpo, Yeroboam ansan amfiri ne kwammɔne ho; mmom ɔkɔɔ so yii ɔmanfoɔ no mu biara kɛkɛ yɛɛ wɔn sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ.+ Obiara a n’ani gye ho no, ɔmaa no yɛɛ sɔfoɔ,* na ɔkaa sɛ: “Ma ɔno nso nyɛ sorɔnsorɔmmea sɔfoɔ.”+ 34 Bɔne a ɛkɔɔ so wɔ Yeroboam fie+ yi de ɔsɛeɛ baa wɔn so maa wɔtɔree wɔn ase firii asaase so.+

14 Saa berɛ no, Yeroboam ba Abia yaree. 2 Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Mesrɛ wo, sɔre na siesie wo ho sɛdeɛ obiara renhu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo. Hwɛ! Odiyifoɔ Ahiya wɔ hɔ. Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛyɛ ɔman yi hene.+ 3 Fa paanoo du ne keeki, na fa ɛwoɔ gu toa mu, na kɔhu no. Ɔbɛka deɛ ɛbɛto abɔfra no akyerɛ wo.”

4 Yeroboam yere yɛɛ saa. Ɔsɔre kɔɔ Ahiya fie wɔ Silo.+ Saa berɛ no, na Ahiya ani gu so kwa; ɔnyini nti, na ɔnhunu adeɛ.

5 Nanso na Yehowa adi kan aka akyerɛ Ahiya sɛ: “Yeroboam yere reba wo nkyɛn abɛbisa ne ba ho asɛm afiri wo hɔ, ɛfiri sɛ abɔfra no yare. Mɛkyerɛ wo deɛ ka kyerɛ no.* Sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ ne ho sɛ obi foforɔ.”

6 Berɛ a Ahiya tee ɔbaa no nan ase wɔ ne kwan ano no, ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Yeroboam yere, bra mu. Adɛn nti na woayɛ wo ho sɛ obi foforɔ? Wɔasoma me sɛ menka asɛm a ano yɛ den nkyerɛ wo. 7 Kɔ na kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ, ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Meyii wo firii wo nkurɔfoɔ mu sɛ di me man Israel anim.+ 8 Ɛnna mehwim ahennie no firii Dawid fie de maa wo,+ nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a ɔdii me mmara nsɛm so na ɔde n’akoma nyinaa dii m’akyi, na deɛ ɛtene nko ara na ɔyɛɛ wɔ m’anim no.+ 9 Woayɛ bɔne asene wɔn a wɔdii wo kan nyinaa, na woayɛ nyame foforɔ ne dadeɛ ahoni* de ahyɛ me abufuo;+ woadane w’akyi akyerɛ me.+ 10 Wei nti mede mmusuo reba Yeroboam fie so, na Yeroboam fie barima* biara, mɛku no,* Israel nipahunu a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, mɛku no. Mɛpra Yeroboam fie nyinaa ato agu+ sɛdeɛ obi pra nantwibini kɔto gu no. 11 Yeroboam ho nipa biara a ɔbɛwu wɔ kurom no, nkraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wɔ wuram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam, ɛfiri sɛ Yehowa na aka.”’

12 “Enti sɔre na kɔ wo fie. Sɛ woduru kuro no mu a, abɔfra no bɛwu. 13 Israel nyinaa bɛsu no na wɔasie no. Ɔno nko ara ne obi a ɔwɔ Yeroboam abusua mu a wɔbɛsie no, ɛfiri sɛ Yeroboam fie nyinaa, ɔno nko ara na Yehowa, Israel Nyankopɔn ahu adepa bi wɔ ne ho. 14 Da bi reba a Yehowa bɛyi ɔhene bi abɛdi adeɛ wɔ Israel, na ɔbɛsɛe Yeroboam fie;*+ saa da no aduru awie. 15 Abosonnua*+ a Israel ayeyɛ de ahyɛ Yehowa abufuo nti, Yehowa bɛbɔ wɔn ahwe hɔ ama wɔayɛ sɛ demmire* a ɛrehinhim wɔ nsuo mu. Ɔbɛtu Israel ase afiri asaase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so,+ na ɔbɛbɔ wɔn ahwete akɔsi Asubɔnten no* agya.+ 16 Na Yeroboam bɔne a wayɛ a ama Israel nso ayɛ bɔne nti, ɔbɛpo Israel.”+

17 Ɛnna Yeroboam yere sɔre siim kɔɔ Tirsa. Berɛ a ɔreyɛ aduru fie no kwan ano no, abɔfra no wui. 18 Enti wɔsiee no, na Israel nyinaa suu no, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa odiyifoɔ Ahiya so kaeɛ no baa mu.

19 Yeroboam ho nsɛm a aka, n’akodie+ ne sɛdeɛ ɔdii adeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 20 Mfeɛ* dodoɔ a Yeroboam de dii hene no si mfeɛ 22, na ɛno akyi no, ɔne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Nadab bɛdii n’adeɛ.+

21 Solomon ba Rehoboam nso dii hene wɔ Yuda. Berɛ a Rehoboam bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 41, na ɔdii adeɛ mfeɛ 17 wɔ Yerusalem; ɛhɔ ne Israel mmusuakuo no nyinaa kuro a Yehowa yii+ sɛ ne din ntena.+ Rehoboam maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+ 22 Na Yuda kɔɔ so yɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na nneɛma bɔne a wɔyɛeɛ no hyɛɛ no abufuo mpo kyɛn wɔn agyanom deɛ.+ 23 Wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea,* abosom adum, ne abosonnua*+ wɔ nkokoɔ atenten nyinaa so+ ne nnua kusuu nyinaa bi ase.+ 24 Wokɔ asaase no so a, na tuutuufoɔ mmarima nso wɔ asɔrefie hɔ.+ Akyiwadeɛ a aman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no yɛeɛ no, wɔyɛɛ ne nyinaa bi.

25 Ɔhene Rehoboam ahennie afe a ɛtɔ so nnum mu no, Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so.+ 26 Ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ ne ahemfie* hɔ akoradeɛ no.+ Ɔfaa biribiara; sika kɔkɔɔ akyɛm a Solomon yɛeɛ no nso, ɔfaa ne nyinaa.+ 27 Ɛno nti Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii ananmu, na ɔde hyɛɛ ahemfie* pono ano awɛmfoɔ* no mpanimfoɔ nsa. 28 Berɛ biara a ɔhene bɛba Yehowa fie hɔ no, awɛmfoɔ no kɔfa kurakura, na ɛno akyi no wɔsan de kɔ awɛmfoɔ dan no mu.

29 Rehoboam ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.+ 30 Ntɔkwa ampa Rehoboam ne Yeroboam ntam da.+ 31 Rehoboam ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu.+ Ne maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+ Ne ba Abiam*+ bɛdii n’adeɛ.

15 Nebat ba Ɔhene Yeroboam ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no,+ Abiam bɛdii Yuda so hene.+ 2 Ɔdii hene mfeɛ mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Maaka,+ na na ɔyɛ Abisalom banana. 3 Nneɛma bɔne a ne papa yɛeɛ nyinaa, ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ; n’akoma anni mu wɔ Yehowa ne Nyankopɔn ho te sɛ ne nana Dawid. 4 Nanso Dawid nti,+ Yehowa ne Nyankopɔn maa no nyaa kanea* wɔ Yerusalem+ berɛ a ɔmaa ne ba bɛdii n’adeɛ na ɔmaa Yerusalem gyinaeɛ no. 5 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, Dawid yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, na biribiara a ɔka kyerɛɛ no no, ne nkwa nna nyinaa wannane amfiri ho, gye Hitini Uria asɛm no nko ara mu.+ 6 Rehoboam nkwa nna nyinaa, ntɔkwa ampa ɔne Yeroboam ntam da.+

7 Abiam ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.+ Ntɔkwa bɛdaa Abiam ne Yeroboam nso ntam.+ 8 Abiam ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Asa+ bɛdii n’adeɛ.+

9 Israel hene Yeroboam ahennie afe a ɛtɔ so 20 mu no, Asa bɛdii Yuda so hene. 10 Ɔdii hene mfeɛ 41 wɔ Yerusalem; ne nanabaa din de Maaka,+ na na ɔyɛ Abisalom banana. 11 Asa yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so+ te sɛ ne nana Dawid. 12 Tuutuufoɔ mmarima a wɔwɔ asɔrefie hɔ no, ɔtuu wɔn firii asaase no so,+ na ɔyiyii abosom fĩ* a n’agyanom yeyɛeɛ no nyinaa.+ 13 Ne nanabaa Maaka+ mpo, ɔtuu no adeɛ so, na wamma no anyɛ ɔbaapanin bio, ɛfiri sɛ na wayɛ ohoni tantan bi+ a wɔde som abosonnua.* Asa twaa ohoni tantan no, na ɔkɔhyee no Kidron Bɔn+ mu. 14 Mmom sorɔnsorɔmmea* no deɛ, ɛkaa hɔ.+ Nanso Asa nkwa nna* nyinaa, na n’akoma di mu wɔ Yehowa ho. 15 Na ɔde nneɛma a ɔne ne papa yɛɛ no kronkron no baa Yehowa fie hɔ; dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no.+

16 Ntɔkwa ampa Asa ne Israel hene Baasa+ ntam da. 17 Enti Israel hene Baasa baa Yuda so, na ɔfirii aseɛ sɛ ɔresan akyekyere Rama+ kuro no* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rentumi mfiri Yuda hene Asa nkyɛn mma anaa obiara rentumi nkɔ ne nkyɛn.*+ 18 Ɛnna Asa de Yehowa fie ne ahemfie* akoradeɛ mu dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a aka nyinaa maa n’asomfoɔ, na Ɔhene Asa somaa wɔn kɔɔ Tabrimon ba Hesion ba Siria hene Ben-Hadad+ a ɔte Damasko no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 19 “Apam* da me ne wo ntam, ne me papa ne wo papa ntam. Merebɛkyɛ wo dwetɛ ne sika kɔkɔɔ. Bra na bɛtwa apam* a wo ne Israel hene Baasa ayɛ no mu na ɔmfiri me so nkɔ.” 20 Ben-Hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa n’asahene kɔɔ Israel nkuro so, na wɔko faa Eyon,+ Dan,+ Abel-Bet-Maaka, ne Kineret ne Naftali nsaase nyinaa. 21 Berɛ a Baasa teeɛ no, ntɛm ara na ɔgyaee Rama kyekyere,* na ɔtenaa Tirsa.+ 22 Ɛnna Ɔhene Asa boaboaa Yuda nyinaa ano, wanyi obiara amfiri mu, na wɔkɔsesaa aboɔ ne nnua a na Baasa de rekyekyere Rama no, na Ɔhene Asa de kɔkyekyeree Geba+ a ɛwɔ Benyamin, ne Mispa.*+

23 Asa ho nsɛm a aka nyinaa, ne nnwuma akɛseɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne nkuro a ɔkyekyereeɛ* no, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. Nanso ne nkɔkoraaberɛ mu no, ɔyaree ne nan.+ 24 Na Asa ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kuro mu, na ne ba Yehosafat+ bɛdii n’adeɛ.

25 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Yeroboam ba Nadab+ bɛdii Israel so hene, na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu. 26 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, na nneɛma bɔne a ne papa yɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+ 27 Ahiya ba Baasa a ɔfiri Isakar fie no bɔɔ Nadab ho pɔ, na Baasa kum no wɔ Gibeton+ a ɛwɔ Filistifoɔ asaase so; saa berɛ no, na Nadab ne Israel nyinaa atwa Gibeton ho ahyia. 28 Enti Baasa kum no wɔ Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na ɔsii n’anan dii hene. 29 Berɛ a ɔbɛyɛɛ ɔhene ara pɛ, ɔkunkum Yeroboam fiefoɔ nyinaa. Wannya Yeroboam ho nipa baako mpo;* ɔtɔree wɔn nyinaa ase maa Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahiya so kae no baa mu.+ 30 Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, Yeroboam yɛɛ bɔne na ɔtwetwee Israel nso kɔɔ bɔne mu, na ɔhyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo kɛse. 31 Nadab ho nsɛm a aka, ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 32 Na ntɔkwa ampa Asa ne Israel hene Baasa ntam da.+

33 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Ahiya ba Baasa bɛyɛɛ Israel nyinaa so hene wɔ Tirsa, na ɔdii adeɛ mfeɛ 24.+ 34 Nanso ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na nneɛma bɔne a Yeroboam yɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+

16 Ɛnna Yehowa somaa Hanani+ ba Yehu+ maa no kɔkaa atemmusɛm yi tiaa Baasa: 2 “Memaa wo so firii mfuturo mu yɛɛ wo ɔpanin wɔ me man Israel so,+ nanso deɛ Yeroboam yɛeɛ no, ɛno ara bi na woreyɛ, na woama me man Israel ayɛ bɔne de wɔn bɔne ahyɛ me abufuo.+ 3 Enti merebɛpra Baasa ne ne fie nyinaa ato agu, na mɛyɛ ne fie sɛ Nebat ba Yeroboam+ fie. 4 Baasa ho nipa biara a ɔbɛwu wɔ kurom no, nkraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wɔ wuram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.”

5 Baasa ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 6 Ɛnna Baasa ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Tirsa,+ na ne ba Ela bɛdii n’adeɛ. 7 Bio nso, Yehowa nam Hanani ba odiyifoɔ Yehu so kaa atemmusɛm tiaa Baasa ne ne fiefoɔ, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne de ne nneyɛɛ hyɛɛ no abufuo te sɛ Yeroboam fie, na ɔkum Nadab* nso.+

8 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so 26 mu no, Baasa ba Ela bɛyɛɛ Israel hene mfeɛ mmienu wɔ Tirsa. 9 Berɛ a ɔrewe nsã boro wɔ Tirsa ahemfie panin Arsa fie wɔ Tirsa no, n’akoa Simri bɔɔ ne ho pɔ. Ná Simri da akofoɔ a wɔde nteaseɛnam kɔ ako no fã ano. 10 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so 27 mu no, Simri kɔɔ ne wura so kɔbɔɔ no kum no,+ na ɔbɛdii n’adeɛ. 11 Berɛ a ɔbɛtenaa ahennwa no so dii hene ara pɛ, ɔkunkum Baasa fiefoɔ nyinaa. Wannya ɔbarima* biara a ɔyɛ ne busuani* anaa n’adamfo. 12 Enti Simri tɔree Baasa fiefoɔ nyinaa ase, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam odiyifoɔ Yehu so ka faa Baasa ho no baa mu.+ 13 Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, Baasa ne ne ba Ela yɛɛ bɔne, na ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne, na wɔde wɔn abosonhunu no hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo.+ 14 Ela ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.

15 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so 27 mu no, Simri bɛdii hene nnanson wɔ Tirsa. Saa berɛ no, na asraafoɔ no akɔtwa Gibeton+ a ɛwɔ Filistifoɔ asaase so no ho ahyia. 16 Akyire yi, asraafoɔ a wɔwɔ asoɛeɛ hɔ no tee sɛ nkurɔfoɔ rekeka sɛ: “Simri abɔ ɔhene ho pɔ akum no.” Enti saa da no, Israel nyinaa de ɔsahene Omri+ sii Israel so hene wɔ asoɛeɛ hɔ. 17 Ɛnna Omri ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa firii Gibeton bɛtwaa Tirsa ho hyiaeɛ. 18 Berɛ a Simri huu sɛ kuro no abɛdi wɔn nsam no, ntɛm ara na ɔkɔɔ ahemfie* abantenten no mu, na ɔde gya too mu hyee ne ho ne ɛdan no nyinaa, enti ɔwuiɛ.+ 19 Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Yeroboam yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ, na ɔmaa Israel nso yɛɛ bɔne.+ 20 Simri ho nsɛm a aka ne pɔ a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.

21 Saa berɛ no, Israel man no mu kyɛɛ mmienu. Ɔman no fã kɔdii Ginat ba Tibni akyi, na na wɔpɛ sɛ wɔsi no hene, ɛnna ɛfã nso kɔdii Omri akyi. 22 Nanso Omri akyitaafoɔ no dii Ginat ba Tibni akyitaafoɔ no so nkonim. Tibni wuiɛ, na Omri dii hene.

23 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so 31 mu no, Omri bɛyɛɛ Israel hene, na ɔdii adeɛ mfeɛ 12. Ɔdii adeɛ mfeɛ nsia wɔ Tirsa. 24 Ɔtuaa dwetɛ dwetikɛseɛ* mmienu de tɔɔ Samaria bepɔ firii Semer hɔ, na ɔkyekyeree kuro wɔ bepɔ no so. Kuro a ɔkyekyereɛ no, ɔde bepɔ no wura Semer din too so, na ɔfrɛɛ hɔ Samaria.*+ 25 Omri yɛɛ Yehowa ani so bɔne; ɔyɛɛ bɔne senee wɔn a wɔdii no kan nyinaa.+ 26 Bɔne a Nebat ba Yeroboam yɛeɛ nyinaa, ɔno nso yɛɛ bi. Yeroboam maa Israel yɛɛ bɔne, na wɔde wɔn abosonhunu hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo.+ 27 Omri ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 28 Omri ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Samaria, na ne ba Ahab+ bɛdii n’adeɛ.

29 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so 38 mu no, Omri ba Ahab bɛdii Israel so hene. Omri ba Ahab dii Israel so hene mfeɛ 22 wɔ Samaria.+ 30 Omri ba Ahab yɛɛ Yehowa ani so bɔne senee wɔn a wɔdii no kan nyinaa.+ 31 Ɔno deɛ, ɛnyɛ Nebat ba Yeroboam+ bɔne nko na ɔyɛɛ bi; ɔsan kɔwaree Sidonfoɔ+ hene Etbaal babaa Yesebel,+ na ɔkɔsom Baal+ bɔɔ ne mu ase maa no. 32 Afei nso, ɔsii fie* maa Baal wɔ Samaria, na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Baal.+ 33 Ahab sii ɔbosom dua*+ nso. Ahab yɛɛ bɔne de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo senee Israel ahemfo a wɔdii no kan nyinaa.

34 Ne berɛ so na Betelni Hiel san kyekyeree Yeriko. Berɛ a ɔtoo kuro no fapem no, ne ba panin Abiram wui, na berɛ a ɔsisii n’apono nso, ne ba kumaa Segub wui, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kaeɛ no baa mu.+

17 Tisbini Elia*+ a ɔte Gilead+ no ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Sɛ́ Yehowa, Israel Nyankopɔn a mesom no* no te ase yi, bosuo anaa nsuo rentɔ mfeɛ yi mu, gye sɛ makasa!”+

2 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: 3 “Firi ha na fa w’ani kyerɛ apueeɛ fam kɔhinta Kerit Bɔn a ɛwɔ Yordan apueeɛ no mu. 4 Subɔn no mu nsuo na nom, na mɛma nkwaakwaadabi abrɛ wo aduane wɔ hɔ.”+ 5 Ntɛm ara na ɔkɔyɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ no; ɔkɔtenaa Kerit Bɔn a ɛwɔ Yordan apueeɛ no mu. 6 Anɔpa biara, na nkwaakwaadabi brɛ no aduane ne nam, na ɛduru anwummerɛ nso a, wɔbrɛ no aduane ne nam, na subɔn no mu nsuo na ɔnomeeɛ.+ 7 Nanso nna bi akyi no, subɔn no mu nsuo wee,+ ɛfiri sɛ na nsuo ntɔ wɔ asaase no so.

8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: 9 “Sɔre kɔ Sarefat a ɛwɔ Sidonfoɔ asaase so na kɔtena hɔ. Hwɛ! mɛma ɔbaa kunafoɔ bi ama wo aduane wɔ hɔ.”+ 10 Ɛnna ɔsɔre kɔɔ Sarefat, na berɛ a ɔduruu kuro no pono ano no, na ɔbaa kunafoɔ bi repɛ anyina. Enti ɔfrɛɛ ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa nsuo kakra gu kuruwa mu brɛ me na mennom.”+ 11 Berɛ a ɔbaa no siim sɛ ɔrekɔfa aba no, ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ɛyɛ a fa paanoo kakra brɛ me.” 12 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa, wo Nyankopɔn te ase yi, menni paanoo biara; esiam nsa ma pɛ na aka wɔ ahina kɛseɛ mu ne ngo kakraa bi a ɛwɔ ahina ketewa+ mu, na merepɛ anyina kakra akɔyɛ biribi ama me ne me ba adi, na yɛawu.”

13 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro. Wo deɛ, kɔyɛ deɛ woaka no. Mmom di kan fa deɛ ɛwɔ hɔ no bi yɛ paanoo ketewaa bi brɛ me ansa na woayɛ bi ama wo ne wo ba no. 14 Na asɛm a Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Esiam a ɛwɔ ahina kɛseɛ mu no rensa, na ngo a ɛwɔ ahina ketewa mu no nso rensa kɔsi da a Yehowa bɛma nsuo atɔ agu asaase no so.’”+ 15 Enti ɔbaa no kɔyɛɛ deɛ Elia kaeɛ no, na ɔne ne fiefoɔ ne odiyifoɔ no nyinaa nyaa aduane dii nna pii.+ 16 Sɛdeɛ Yehowa nam Elia so kaeɛ no, esiam a ɛwɔ ahina kɛseɛ mu no ansa, na ngo a ɛwɔ ahina ketewa mu no nso ansa.

17 Akyire yi, ɔbaa a ɔkɔsoɛɛ ne fie no babarima yaree, na yareɛ no mu yɛɛ den ara maa no wui.*+ 18 Ɛnna ɔbaa no bisaa Elia sɛ: “O nokorɛ Nyankopɔn nipa, bɔne bɛn na mayɛ wo?* Woaba ha sɛ worebɛkae me me bɔne na woaku me ba anaa?”+ 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Fa wo ba no ma me.” Na ɔgyee no firii ne nsam de no kɔɔ atifi dan a ɔte mu no mu, na ɔde no too ne mpa so.+ 20 Ɛnna ɔteaam frɛɛ Yehowa sɛ: “O Yehowa, me Nyankopɔn,+ okunafoɔ a mabɛsoɛ no yi, enti woreyɛ no bɔne aku ne ba?” 21 Ɛnna ɔbutuu abɔfra no so mprɛnsa, na ɔteaam frɛɛ Yehowa sɛ: “O Yehowa, me Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma abɔfra yi nkwa* nsan mmra ne mu.” 22 Yehowa tiee Elia adesrɛ no,+ enti abɔfra no nkwa* san baa ne mu, na ɔnyaneeɛ.*+ 23 Elia faa abɔfra no firii atifi dan no mu de no siane baa fie no mu, na ɔde no brɛɛ ne maame; afei Elia kaa sɛ: “Hwɛ, wo ba no te ase.”+ 24 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Afei na mahu sɛ ampa woyɛ Onyankopɔn nipa,+ na Yehowa asɛm a ɛwɔ w’anom no yɛ nokorɛ.”

18 Akyire yi, Yehowa ne Elia kasaa wɔ afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu+ sɛ: “Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ Ahab, na mɛma nsuo atɔ agu asaase no so.”+ 2 Enti Elia kɔɔ sɛ ɔde ne ho rekɔkyerɛ Ahab. Saa berɛ no, na ɛkɔm no mu ayɛ den+ wɔ Samaria.

3 Saa berɛ no ara mu na Ahab frɛɛ Obadia a ɔyɛ ne fiepanin no. (Ná Obadia yɛ obi a ɔsuro Yehowa paa, 4 na berɛ a Yesebel+ rekunkum Yehowa adiyifoɔ* no, Obadia faa adiyifoɔ no mu 100 de wɔn kɔhintaa ɔbodan mu, aduonum aduonum, na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo.) 5 Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ: “Kɔhwehwɛ asaase no so nsutire ne nsubɔn nyinaa ho. Ebia yɛbɛnya serɛ a ɛbɛso mmoa no, na ama yɛatumi akora apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ no nkwa so, anyɛ saa a, yɛn mmoa nyinaa bɛwuwu.” 6 Enti wɔkyɛɛ asaase no mu maa obiara faa ne kwan. Ahab de n’ani kyerɛɛ baabi, na Obadia nso de n’ani kyerɛɛ baabi foforɔ.

7 Berɛ a Obadia nam kwan so rekɔ no, Elia bɛhyiaa no. Ɛhɔ ara na ɔhuu sɛ ɛyɛ ɔno a, na ɔde n’anim butuu fam bisaa sɛ: “Me wura Elia nie anaa?”+ 8 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me a. Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: ‘Elia aba ha.’” 9 Nanso ɔbuaa sɛ: “Bɔne bɛn na mayɛ a enti wopɛ sɛ wode w’akoa hyɛ Ahab nsa ma no ku me? 10 Sɛ́ Yehowa wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahennie biara nni hɔ a me wura nsoma nkɔhwehwɛɛ wo wɔ hɔ. Sɛ wɔka sɛ, ‘Onni ha’ a, ɔma ahennie anaa ɔman no ka ntam sɛ wɔnhuu wo.+ 11 Nanso wose: ‘Kɔka kyerɛ wo wura sɛ, “Elia aba ha.”’ 12 Sɛ mefiri w’anim kɔ a, Yehowa honhom bɛfa wo akɔ+ baabi a mennim, na sɛ mekɔbɔ Ahab amanneɛ na wanhu wo a, deɛ ɛbɛyɛ biara ɔbɛku me. Nanso w’akoa deɛ, ɛfiri me mmɔfraase na masuro Yehowa. 13 Wɔnkaa deɛ meyɛeɛ nkyerɛɛ me wura berɛ a Yesebel rekunkum Yehowa adiyifoɔ no anaa? Mede Yehowa adiyifoɔ no mu 100 kɔhintaa ɔbodan mu, aduonum aduonum, na memaa wɔn aduane ne nsuo daa.+ 14 Seesei sɛ mekɔka kyerɛ me wura sɛ, ‘Mahu Elia’ sɛdeɛ woreka yi a, deɛ ɛteɛ biara ɔbɛku me.” 15 Ɛnna Elia kaa sɛ: “Sɛ́ asafo Yehowa a mesom no* no te ase yi, ɛnnɛ mɛma wahu me.”

16 Enti Obadia kɔhwehwɛɛ Ahab bɔɔ no amanneɛ, na Ahab kɔhyiaa Elia.

17 Berɛ a Ahab huu Elia pɛ, Ahab bisaa no sɛ: “Wo a wode mmusuo aba Israel so, wonie?”

18 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Ɛnyɛ me na mede mmusuo aba Israel so, ɛyɛ wo ne wo papa fiefoɔ, ɛfiri sɛ moagya Yehowa mmara nsɛm akɔdi Baal anyame akyi.+ 19 Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmɛhyia me wɔ Karmel Bepɔ+ so, wɔne Baal adiyifoɔ 450 no ne abosonnua*+ ho adiyifoɔ 400 a wɔdidi Yesebel pono so no.” 20 Enti Ahab de nkra kɔmaa Israelfoɔ nyinaa, na wɔkɔboaboaa adiyifoɔ no ano baa Karmel Bepɔ so.

21 Ɛnna Elia twe bɛn ɔman no nyinaa kaa sɛ: “Mo adwene bɛhinhim wɔ asɛm yi mu* akɔsi da bɛn?+ Sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn no a, monni n’akyi,+ na sɛ Baal nso a, monni n’akyi.” Nanso ɔman no amma no mmuaeɛ biara. 22 Afei Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Me nko ara me ne Yehowa diyifoɔ a maka,+ nanso Baal adiyifoɔ yɛ 450. 23 Momma wɔmma yɛn anantwinini nkumaa mmienu, na wɔmfa nantwie kumaa baako na wɔntwitwa mu asinasini ngu anyina so, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde gya to mu. Me nso mɛyɛ nantwie kumaa a aka no ho adwuma de agu anyina so, nanso meremfa gya nto mu. 24 Mowie a, mommɔ mo nyame din mfrɛ no,+ na me nso mɛbɔ Yehowa din afrɛ no. Onyame a ɔbɛgye so atɔ gya abɛgu so no, ɔno ne nokorɛ Nyankopɔn no.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa buaa sɛ: “Wonkaa bɔne.”

25 Afei Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ: “Monyi nantwinini kumaa baako, na monni kan nyɛ mo deɛ ho adwuma, ɛfiri sɛ mo na modɔɔso. Mowie a, mommɔ mo nyame din mfrɛ no, nanso ɛnsɛ sɛ mode gya to mu.” 26 Ɛnna wɔfaa nantwinini a ɔde maa wɔn no. Afei wɔyɛɛ ho adwuma, na wɔbɔɔ Baal din frɛɛ no firii anɔpa kɔsii awia* sɛ: “O Baal, gye yɛn so!” Nanso wɔante nne biara, na obiara nso annye so.+ Saa berɛ no nyinaa, na wɔrehurihuri twa afɔrebukyia a wɔasi no ho hyia. 27 Ɛduruu awia no, Elia firii aseɛ dii wɔn ho fɛ sɛ: “Monteateam dendeenden! Sɛ́ ɔyɛ onyame!+ Ebia na ɔredwene asɛm bi ho, anaa ɔrekɔgya ne nan.* Ebi nso a wada, na ɛsɛ sɛ obi nyane no!” 28 Wɔteateaam dendeenden, na sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ no, wɔde nsekan twitwaa wɔn ho de mpea wowɔɔ wɔn ho ara maa wɔn ho nyinaa yɛɛ mogya. 29 Ɛduruu awia* nyinaa, na wɔgu so rekɔm,* na wɔtoaa so ara kɔsii anwummerɛ a wɔbɔ aduane afɔreɛ no, nanso wɔante nne biara, obiara annye so, na wɔante obiara nka.+

30 Afei Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Montwe mmɛn me.” Na ɔman no nyinaa twe bɛn no. Ɛnna ɔsiesiee Yehowa afɔrebukyia a wɔabubu no no.+ 31 Afei Elia sesaa aboɔ 12 sɛdeɛ Yakob mma mmusuakuo no dodoɔ teɛ; Yakob na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔbɛfrɛ wo Israel” no.+ 32 Ɔde aboɔ no sii afɔrebukyia+ wɔ Yehowa din mu. Afei ɔtuu amena wɔ afɔrebukyia no ho hyiaeɛ; ná amena no kɛseɛ te sɛ asaase a wɔbɛtumi agu aba seah susudeɛ* mmienu wɔ so. 33 Ɛno akyi no, ɔhyehyɛɛ anyina no wɔ so, na ɔtwitwaa nantwinini no mu asinasini de guu anyina no so.+ Afei ɔkaa sɛ: “Momfa nsuo nhyehyɛ nhina akɛseɛ nnan amaama, na monhwie ngu ɔhyeɛ afɔreɛ ne anyina no so.” 34 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Monsan nyɛ bio.” Na wɔsan yɛɛ bio. Na ɔsan kaa sɛ: “Monyɛ no ne mprɛnsa so.” Na wɔyɛɛ no ne mprɛnsa so. 35 Enti nsuo no fefaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ, na amena no nso, ɔde nsuo hyɛɛ no ma.

36 Berɛ a aduane afɔreɛ berɛ duruu so anwummerɛ no,+ Elia twe bɛn afɔrebukyia no, na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Abraham+ ne Isak+ ne Israel Nyankopɔn, ɛnnɛ ma wɔnhu sɛ wone Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ w’akoa, na w’asɛm nti na mayɛ weinom nyinaa.+ 37 Gye me so, O Yehowa, gye me so, na ɔman yi nhu sɛ wo Yehowa, wone nokorɛ Nyankopɔn no, na wo na woredane wɔn akoma aba wo nkyɛn bio.”+

38 Ɛnna Yehowa gya tɔ firii soro baeɛ, na ɛbɛhyee ɔhyeɛ afɔreɛ no+ ne anyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no, na ɛmaa nsuo a ɛwɔ amena no mu wee.+ 39 Berɛ a ɔman no nyinaa hunuiɛ no, ntɛm ara na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: “Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn! Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn!” 40 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkye Baal adiyifoɔ no! Mommma wɔn mu baako mpo nnnwane!” Ɛhɔ ara na wɔkyee wɔn, na Elia de wɔn siane kɔɔ Kison nsuo*+ no ho kɔkunkum wɔn wɔ hɔ.+

41 Afei Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Kɔ na kɔdidi na nom ɛfiri sɛ mate nsuo kɛseɛ nka.”+ 42 Enti Ahab kɔdidi nomeeɛ. Elia deɛ, ɔforo kɔɔ Karmel atifi kɔbɔɔ ne mu ase na ɔde ne ti sii fam wɔ ne nkotodwe anim.+ 43 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ sɛ: “Mesrɛ wo, foro fa w’ani kyerɛ po na hwɛ deɛ ɛrekɔ so.” Enti ɔkɔhwɛeɛ, na ɔkaa sɛ: “Manhunu hwee.” Elia kaa no mprɛ nson kyerɛɛ no sɛ, “San kɔ.” 44 Berɛ a ne somfoɔ no kɔɔ deɛ ɛtɔ so nson no, ɔbɛkaa sɛ: “Hwɛ! mehuu mununkum ketewa bi a ne kɛseɛ te sɛ onipa nsam sɛ ɛfiri po mu reforo kɔ soro.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔka kyerɛ Ahab sɛ, ‘Siesie wo teaseɛnam na siane kɔ, na nsuo anka wo anhyɛ ha!’” 45 Mununkum maa wiem yɛɛ tumm, na mframa bɔe na nsuo kɛseɛ tɔe.+ Na Ahab de ne teaseɛnam kɔe ara kɔsii sɛ ɔduruu Yesreel.+ 46 Yehowa nsa hyɛɛ Elia den, na ɔde n’ataadeɛ kyekyeree n’asene* tuu mmirika, na ɔsian Ahab ho kɔe ara kɔduruu Yesreel.

19 Ahab+ kɔkaa deɛ Elia ayɛ nyinaa ne sɛdeɛ ɔde sekan akunkum adiyifoɔ no nyinaa+ kyerɛɛ Yesebel.+ 2 Ɛnna Yesebel tuu bɔfoɔ kɔka kyerɛɛ Elia sɛ: “Sɛ ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ na memmaa wonyɛɛ sɛ wɔn* a, anyame no ntua me ka na wɔmfa bi nka ho!” 3 Ɛmaa ehu kaa no, enti ɔdwane peree ne nkwa.*+ Ɔkɔpuee Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asaase so,+ na ɔgyaa ne somfoɔ no wɔ hɔ. 4 Ɔde n’ani kyerɛɛ serɛ so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase. Afei ɔsrɛɛ sɛ ɔnwu.* Asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ: “Afei deɛ, mabrɛ! O Yehowa, gye me nkwa* firi me nsam,+ na mensene m’agyanom.”

5 Afei ɔdanee ne ho too hɔ, na ɔfaa mu dae wɔ sisia dua no ase. Ɛnna ɔbɔfoɔ bi de ne nsa bɛkaa no+ frɛɛ no sɛ: “Sɔre didi.”+ 6 Ɔtoo n’ani hwɛɛ n’atifi no, ɔhuu sɛ paanoo kurukuruwa bi da aboɔ hyehyeehye so na nsuo toa nso si ho. Ɔdidi nomee, na ɔsan danee ne ho too hɔ. 7 Akyire yi, Yehowa bɔfoɔ no san baa ne mprenu so, na ɔde ne nsa kaa no kaa sɛ: “Sɔre didi, na wowɔ kwan twa.” 8 Enti ɔsɔre didi nomee, na ɔde ahoɔden a ɔnya firii aduane no mu no twaa kwan nnafua 40, awia ne anadwo; ɔkɔe ara kɔduruu nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ Horeb so.+

9 Ɛhɔ na ɔkɔɔ ɔbodan bi mu+ kɔdaa hɔ anadwo no; na hwɛ! Yehowa bisaa no wɔ hɔ sɛ: “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?” 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mako ama asafo Nyankopɔn Yehowa,+ ɛfiri sɛ Israelfoɔ agya w’apam,+ na w’afɔrebukyia nso, wɔadwiri agu. Wɔde sekan akunkum w’adiyifoɔ,+ na me nko ara na maka. Me nso, wɔrepɛ agye me nkwa* afiri me nsam.”+ 11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Pue kɔgyina Yehowa anim wɔ bepɔ no so.” Na hwɛ, ná Yehowa retwam,+ na mframa kɛseɛ a ano yɛ den di Yehowa anim repaapae mmepɔ bubu abotan,+ nanso na Yehowa nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asaase wosoe,+ nanso na Yehowa nni asaasewosoɔ no mu. 12 Asaasewosoɔ no akyi no, egya baeɛ,+ nanso na Yehowa nni gya no mu. Egya no akyi no, ɛnne bi kasaa brɛoo.+ 13 Berɛ a Elia teeɛ no, ɛhɔ ara na ɔde n’ataadeɛ* kataa n’anim,+ na ɔpue kɔgyinaa ɔbodan no ano. Afei ɛnne bi bisaa no sɛ: “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?” 14 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mako ama asafo Nyankopɔn Yehowa, ɛfiri sɛ Israelfoɔ agya w’apam,+ na w’afɔrebukyia nso, wɔadwiri agu. Wɔde sekan akunkum w’adiyifoɔ, na me nko ara na maka. Me nso, wɔrepɛ agye me nkwa* afiri me nsam.”+

15 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “San w’akyi, na sim kɔ Damasko serɛ so. Woduru hɔ a, sra Hasael+ na si no hene wɔ Siria so. 16 Afei nso, sra Nimsi banana Yehu+ na si no hene wɔ Israel so, na Safat ba Elisa* a ɔfiri Abel-Mehola nso, sra no yɛ no odiyifoɔ a ɔbɛsi w’ananmu.+ 17 Obiara a ɔbɛdwane Hasael sekan no,+ Yehu bɛku no,+ na obiara a ɔbɛdwane Yehu sekan nso, Elisa bɛku no.+ 18 Afei nso, meda so ara wɔ nnipa 7,000 wɔ Israel+ a wɔmmuu nkotodwe nsom Baal,+ na wɔmfee n’ano.”+

19 Enti ɔfirii hɔ kɔe, na ɔkɔhuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefuntum asaase. Ná anantwie mpamho* 12 di n’anim, na ɔne deɛ ɛtɔ so 12 no na ɛnam. Ɛnna Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtoo n’ataadeɛ*+ guu ne so. 20 Ɛhɔ ara na ɔgyaa anantwie no hɔ tuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔfe me papa ne me maame ano mfa nkra wɔn ansa na mabɛdi w’akyi.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ bra; mensi wo kwan.” 21 Enti ɔkɔeɛ, na ɔfaa anantwie no mmienu kum wɔn,* na ɔde nnua a na ɛsosɔ anantwie no mu yɛɛ anyina noaa wɔn nam, na ɔde maa nkurɔfoɔ no maa wɔdiiɛ. Ɛno akyi no, ɔsɔre kɔdii Elia akyi, na ɔsom no.+

20 Siria+ hene Ben-Hadad+ boaboaa n’asraafoɔdɔm nyinaa ano, na ɔbɛtwaa Samaria+ ho hyiaa+ sɛ ɔne wɔn rebɛko. Ná ahemfo 32 ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam ka ho. 2 Afei ɔtuu abɔfoɔ kɔɔ Israel hene Ahab+ nkyɛn wɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Ben-Hadad aka nie, 3 ‘Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom ne wo mma a wɔn ho yɛ fɛ nso yɛ me dea.’” 4 Ɛnna Israel hene buaa sɛ: “Me wura ɔhene, sɛdeɛ woaka no, me ne deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea.”+

5 Akyire yi, abɔfoɔ no san bɛkaa sɛ: “Deɛ Ben-Hadad aka nie, ‘Mesoma baa wo nkyɛn sɛ: “Fa wo dwetɛ, wo sika, ne wo yerenom ne wo mma ma me.” 6 Ɔkyena sɛsɛɛ nso, mɛsoma me nkoa aba wo nkyɛn, na wɔbɛhwehwɛ wo fie ne wo nkoa afie mu, na sɛ wɔba a, adeɛ biara a ɛyɛ fɛ w’ani so no, wɔbɛfa na wɔde aba.’”

7 Ɛhɔ ara na Israel hene frɛɛ asaase no so mpanimfoɔ nyinaa bɔɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Mesrɛ mo, momfa mo ani nto fam, na mobɛhu sɛ mmusuo na onipa yi asi ne bo sɛ ɔde bɛba, ɛfiri sɛ ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ memfa me yerenom ne me mma, me dwetɛ, ne me sika mma no, na mampopo me ti.” 8 Ɛnna mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ waka no, mpene so, na nyɛ.” 9 Enti ɔka kyerɛɛ Ben-Hadad abɔfoɔ no sɛ: “Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ, ‘Deɛ wodii kan bɛka kyerɛɛ me no, mɛyɛ ne nyinaa, na wei deɛ, ɛnyɛ adeɛ a mɛtumi ayɛ.’” Ɛnna abɔfoɔ no firii hɔ kɔe, na wɔkɔbɔɔ no amanneɛ.

10 Afei Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mfuturo a ɛbɛka Samaria no, sɛ nnipa a wɔdi m’akyi no mu biara tumi nya nsa ma a, ɛnneɛ anyame no ntua me ka na wɔmfa bi nka ho!” 11 Israel hene nso buaa sɛ: “Monkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Mma deɛ ɔrehyɛ akotaadeɛ nnhoahoa ne ho te sɛ obi a ɔreyi agu hɔ.’”+ 12 Berɛ a ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahemfo no renom nsã wɔ wɔn ntomadan mu;* ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Mommoaboa mo ho!” Na wɔboaboaa wɔn ho sɛ wɔrekɔ kuro no so.

13 Na odiyifoɔ bi baa Israel hene Ahab+ nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Woahu dɔm kɛseɛ yi nyinaa? Ɛnnɛ mede wɔn bɛhyɛ wo nsa na woahu sɛ mene Yehowa.’”+ 14 Ahab bisaa sɛ: “Ɛnam hwan so?” na ɔbuaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɛnam amantam asoafoɔ no asomfoɔ so.’” Enti ɔhene bisaa sɛ: “Hwan na ɔbɛfiri ɛko no ase?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ wo!”

15 Ɛnna Ahab kan amantam asoafoɔ no asomfoɔ no; ná wɔn dodoɔ si 232. Ɛno akyi no, ɔkan Israel mmarima nyinaa; ná wɔn dodoɔ si 7,000. 16 Berɛ a wɔrefiri kuro no mu no, na ɛyɛ awiaberɛ.* Saa berɛ no, na Ben-Hadad rewe nsã boro wɔ ntomadan mu,* ɔne ahemfo 32 a wɔka ne ho reboa no no. 17 Berɛ a amantam asoafoɔ no asomfoɔ no dii kan kɔeɛ no, ɛhɔ ara na Ben-Hadad somaa nkurɔfoɔ sɛ wɔnkɔhwɛ deɛ ɛrekɔ so, na wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Mmarima bi firi Samaria aba.” 18 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ asomdwoeɛ na wɔde bae a, monkye wɔn anikan, na sɛ ntɔkwa nso na wɔde bae a, monkye wɔn anikan.” 19 Amantam asoafoɔ no asomfoɔ no ne asraafoɔ a wɔdi wɔn akyi no, berɛ a wɔfirii kuro no mu baeɛ no, 20 obiara kum onipa a ɔbɛhyiaa no no. Ɛnna Siriafoɔ no dwaneeɛ,+ na Israelfoɔ tii wɔn. Siria hene Ben-Hadad deɛ, ɔtenaa pɔnkɔ so, na ɔne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no bi dwaneeɛ. 21 Nanso Israel hene toaa so dii atamfo a wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu no so nkonim, na Siriafoɔ a ɔkunkum wɔn no, na wɔdɔɔso paa.

22 Akyire yi, odiyifoɔ+ no kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na hu deɛ wobɛyɛ,+ ɛfiri sɛ afe sɛsɛɛ,* Siria hene bɛba wo so.”+

23 Siria hene nkoa nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no yɛ mmepɔ Nyankopɔn. Ɛno nti na wɔdii yɛn so nkonim no. Sɛ yɛne wɔn kɔko wɔ asaase a ɛda fam so deɛ a, yɛbɛdi wɔn so nkonim. 24 Yɛ wei nso ka ho: Yiyi ahemfo no nyinaa firi mu,+ na fa amradofoɔ sisi wɔn ananmu. 25 Afei boaboa* asraafoɔdɔm a wɔn dodoɔ te sɛ asraafoɔdɔm a wohweree wɔn no ano, na fa apɔnkɔ hyɛ apɔnkɔ ananmu na fa nteaseɛnam hyɛ nteaseɛnam ananmu. Ma yɛne wɔn nkɔko wɔ asaase a ɛda fam so, na ɛkwan biara so yɛbɛdi wɔn so nkonim.” Ɔtiee wɔn afotuo no, na ɔyɛɛ saa.

26 Afe no mfitiaseɛ no,* Ben-Hadad boaboaa Siriafoɔ ano, na wɔsiim kɔɔ Afek+ sɛ wɔne Israel rekɔko. 27 Israelfoɔ nso boaboaa wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn deɛ wɔhia, na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhyia wɔn. Berɛ a Israelfoɔ boaa wɔn ho ano wɔ wɔn anim no, na wɔayɛ sɛ nnwankuo* nketewa mmienu, nanso Siriafoɔ no deɛ, wɔhyɛɛ asaase no so ma.+ 28 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn nipa no baa Israel hene nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ Siriafoɔ aka sɛ: “Yehowa yɛ mmepɔ Nyankopɔn na ɔnyɛ asaase a ɛda fam Nyankopɔn” nti, mede dɔm kɛseɛ yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa+ na mobɛhunu ampa sɛ mene Yehowa.’”+

29 Wɔboaa wɔn ho ano nnanson, dɔm anim kyerɛ dɔm anim. Da a ɛtɔ so nson no, wɔde ɛko no hyehyɛɛ so, na da koro pɛ, Israelfoɔ kunkum Siriafoɔ asraafoɔ* 100,000. 30 Wɔn a wɔkaeɛ no dwane kɔɔ Afek+ kuro no mu, na mmarima a wɔkaeɛ no, ɔfasuo no bu guu wɔn mu 27,000 so. Ben-Hadad nso dwane kɔɔ kuro no mu, na ɔkɔhintaa pia mu.

31 Ɛnna ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔwɔ ahummɔborɔ.* Enti yɛsrɛ wo, ma yɛmfa awerɛhoɔ ntoma* mmobɔ yɛn asene na yɛmfa nhoma mmobɔ yɛn ti nkɔ Israel hene nkyɛn. Ebia ɔbɛkora wo nkwa* so.”+ 32 Enti wɔfaa awerɛhoɔ ntoma bobɔɔ wɔn asene, na wɔde nhoma bobɔɔ wɔn ti kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ w’akoa Ben-Hadad aka ne sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma mentena nkwa mu.’”* Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɔda so te ase anaa? Ɔyɛ me nua.” 33 Ɛnna mmarima no faa no sɛ nneɛma bɛkɔ yie, na n’akoma mu asɛm na waka no, enti wɔkaa sɛ: “Ben-Hadad yɛ wo nua.” Na ɔno nso kaa sɛ: “Monkɔfa no mmra.” Enti Ben-Hadad baa ne nkyɛn, na ntɛm ara ɔmaa no foro bɛtenaa ne teaseɛnam mu.

34 Ɛnna Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkuro a me papa gye firii wo papa nsam no, mɛsan de ama wo; wobɛtumi abɛsisi adwadibea* wɔ Damasko sɛdeɛ me papa yɛɛ no Samaria no.”

Ahab nso kaa sɛ: “Nhyehyɛeɛ* yi nti mɛgyaa wo ama woakɔ.”

Enti ɔne no yɛɛ nhyehyɛeɛ, na ɔgyaa no maa no kɔeɛ.

35 Yehowa de n’asɛm somaa ɔbarima bi a ɔfiri adiyifoɔ mma*+ mu maa no ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Nanso ɔbarima no ammɔ no. 36 Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛsiane sɛ woantie Yehowa nne nti, sɛ wonya firi me nkyɛn kɔ a, gyata bɛku wo.” Berɛ a ɔfirii ne nkyɛn kɔeɛ no, ɔkɔhyiaa gyata maa no kum no.

37 Ɔkɔhuu ɔbarima foforɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔno nso sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Ɛnna ɔbarima no bɔɔ no piraa no.

38 Afei odiyifoɔ no kɔgyinaa kwankyɛn twɛn ɔhene no; ná ɔde biribi akata n’anim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obi renhu onipa ko a ɔyɛ. 39 Berɛ a ɔhene no rebɛtwam no, ɔfrɛɛ ɔhene kaa sɛ: “W’akoa kɔɔ akono, ɛnna ɔbarima bi a ɔrefiri akono hɔ de obi bɛhyɛɛ me nsa, na ɔkaa sɛ, ‘Hwɛ ɔbarima yi so. Sɛ ɔyera a, wode wo nkwa bɛsi ne nkwa ananmu,*+ anyɛ saa a, wobɛtua dwetɛ dwetikɛseɛ* baako ahyɛ mu.’ 40 Berɛ a w’akoa redi akɔneaba no, m’ani baa me ho so no, na wadwane kɔ.” Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Saa na w’atemmuo bɛyɛ. Wo ara woabua asɛm no.” 41 Ntɛm ara na ɔyii deɛ ɛkata n’anim no, na Israel hene huu sɛ ɔka adiyifoɔ no ho.+ 42 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ woama ɔbarima a makyerɛ sɛ wɔnsɛe no afiri wo nsa nti,+ wo nkwa bɛsi ne nkwa ananmu,*+ na wo man asi ne man ananmu.’”+ 43 Ɛnna Israel hene kɔɔ ne fie wɔ Samaria;+ ná waboto na wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.

21 Nsɛm yi akyi no, biribi sii a ɛfa Yesreelni Nabot ho. Ná ɔwɔ bobefuo* bi wɔ Yesreel,+ na na ɛwɔ Samaria hene Ahab ahemfie nkyɛn pɛɛ. 2 Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: “Fa wo bobefuo no ma me na memfa nyɛ mfikyifuo, ɛfiri sɛ ɛbɛn me fie. Mɛma wo bobefuo a ɛyɛ sene wei de asi ananmu. Anaa wopɛ nso a, mɛma wo sika atua ka.” 3 Nanso Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Ɛmpare me sɛ mede m’agyanom agyapadeɛ bɛma wo, ɛfiri sɛ Yehowa mpene so saa.”+ 4 Asɛm a Yesreelni Nabot ka kyerɛɛ no sɛ: “Meremfa m’agyanom agyapadeɛ mma wo” no nti, Ahab de awerɛhoɔ baa ne fie mmɔbɔmmɔbɔ. Na ɔbɛdaa ne mpa so de n’ani kyerɛɛ ban, na wannidi.

5 Ɛnna ne yere Yesebel+ baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na woaboto* ara ama wompɛ sɛ wodidi yi?” 6 Ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Meka kyerɛɛ Yesreelni Nabot sɛ, ‘Fa wo bobefuo no ma me, na memma wo sika ntua ho ka. Anaa wopɛ nso a, ma memma wo bobefuo foforɔ nsi ananmu.’ Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Meremfa me bobefuo no mma wo.’” 7 Ne yere Yesebel ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na wodi Israel so hene? Sɔre didi na ka w’akoma to wo yam. Mede Yesreelni Nabot bobefuo no bɛma wo.”+ 8 Enti ɔtwerɛɛ nkrataa wɔ Ahab din mu de ɔhene ahyɛnsodeɛ tintim so,+ na ɔde nkrataa no kɔmemaa kurom hɔ mpanimfoɔ+ ne atitire a wɔne Nabot te no. 9 Nsɛm a ɔtwerɛɛ no nkrataa no mu ne sɛ: “Monhyɛ berɛ mma akɔnkyene,* na momma Nabot ntena badwafoɔ no anim. 10 Afei momma mmarima ahuhufoɔ mmienu ntena n’anim na wɔnni adanseɛ ntia no+ sɛ, ‘Woadome Onyankopɔn ne ɔhene!’+ Ɛno akyi no, momfa no mpue nkɔsi no aboɔ nku no.”+

11 Enti ne kuromfoɔ, kyerɛ sɛ, mpanimfoɔ ne atitire a wɔwɔ ne kurom hɔ no, yɛɛ deɛ Yesebel twerɛɛ wɔ nkrataa a ɔde kɔmaa wɔn no mu pɛpɛɛpɛ. 12 Wɔhyɛɛ berɛ maa akɔnkyene, na wɔmaa Nabot tenaa nnipa no anim. 13 Mmarima ahuhufoɔ mmienu bɛtenaa n’anim, na wɔdii adanseɛ tiaa no wɔ nnipa no anim sɛ: “Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene!”+ Afei wɔde no kɔɔ kuro no abɔnten, na wɔkɔsii no aboɔ kum no.+ 14 Ɛnna wɔsoma kɔka kyerɛɛ Yesebel sɛ: “Wɔasi Nabot aboɔ akum no.”+

15 Berɛ a Yesebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ akum no no, ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot+ bobefuo a wantɔn amma wo no, na Nabot nte nkwa mu bio; wawu.” 16 Berɛ a Ahab tee sɛ Nabot awu no, ntɛm ara na ɔsɔre kɔɔ Yesreelni Nabot bobefuo no mu sɛ ɔrekɔfa.

17 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Tisbini Elia+ sɛ: 18 “Sɔre kɔhyia Israel hene Ahab a ɔwɔ Samaria+ no. Ɔwɔ Nabot bobefuo no mu; wakɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa. 19 Kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Enti woakum obi+ asan afa n’agyapadeɛ aka ho?”’+ San ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie, “Faako a nkraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ ara na nkraman bɛtafere wo nso wo mogya.”’”+

20 Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Me tamfo, woabɛpue me so wɔ ha?”+ Na ɔno nso kaa sɛ: “Mabɛpue wo so. ‘Ɛsiane sɛ woasi wo bo* sɛ wobɛyɛ Yehowa ani so bɔne nti,+ 21 hwɛ, mede mmusuo reba wo so; mɛpra wo fie ato agu, na ɔbarima* biara a ɔwɔ Ahab fie+ no, mɛku no, Israel nipahunu a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, mɛku no.+ 22 Na mɛyɛ wo fie te sɛ Nebat ba Yeroboam fie+ ne Ahiya ba Baasa fie,+ ɛfiri sɛ woayɛ bɔne de ahyɛ me abufuo, na woama Israel nso ayɛ bɔne.’ 23 Na Yesebel nso, deɛ Yehowa aka no ne ho ne sɛ, ‘Nkraman na ɛbɛdi Yesebel nam wɔ Yesreel asaase no so.+ 24 Ahab ho nipa biara a ɔbɛwu wɔ kurom no, nkraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wɔ wuram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.+ 25 Obiara nni hɔ a ɔyɛɛ n’adeɛ te sɛ Ahab+ a ɔsii ne bo* sɛ ɔbɛyɛ Yehowa ani so bɔne, na ne yere Yesebel nso piapiaa no no.+ 26 Ɔyɛɛ akyiwadeɛ a ɛnyɛ koraa kɔdii abosom fĩ* akyi, sɛdeɛ Amorifoɔ a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no nyinaa yɛeɛ no.’”+

27 Berɛ a Ahab tee nsɛm yi no, ɛhɔ ara na ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔde awerɛhoɔ ntoma* kataa ne ho; ɔtoaa so yɛɛ akɔnkyene de awerɛhoɔ ntoma dae, na ɔkɔɔ so dii awerɛhoɔ. 28 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: 29 “Woahunu sɛdeɛ me nti Ahab abrɛ ne ho ase no?+ Ɛsiane sɛ wabrɛ ne ho ase wɔ m’anim nti, meremfa mmusuo no mma wɔ ne berɛ so. Mede mmusuo no bɛba ne fie so wɔ ne ba berɛ so.”+

22 Siria ne Israel anko mfeɛ mmiɛnsa. 2 Afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Yuda hene Yehosafat+ kɔɔ Israel hene nkyɛn.+ 3 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monnim sɛ Ramot-Gilead+ yɛ yɛn dea, ɛnna yɛte hɔ a yɛnkɔgye mfirii Siria hene nsam yi?” 4 Afei ɔbisaa Yehosafat sɛ: “Wo ne me bɛkɔ Ramot-Gilead so ne wɔn akɔko anaa?” Ɛnna Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Me ne wo nyinaa yɛ nipa baako. Me man ne wo man nso yɛ baako. M’apɔnkɔ ne w’apɔnkɔ yɛ baako.”+

5 Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Mesrɛ wo, bisa+ Yehowa anom asɛm ansa.”+ 6 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ mmarima 400 ano, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Me ne Ramot-Gilead nkɔko anaa mennyae?” Na wɔkaa sɛ: “Kɔ, na Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”

7 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: “Yehowa diyifoɔ biara nni ha anaa? Yɛmma ɔno nso mmisa mma yɛn.”+ 8 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Baako da so wɔ hɔ a yɛbɛtumi ama ɔno nso abisa Yehowa anom asɛm ama yɛn,+ nanso mempɛ n’asɛm koraa+ ɛfiri sɛ ɔnhyɛɛ me ho nkɔm pa biara da; me ho nkɔm bɔne nko ara na ɔhyɛ.+ Ɔno ne Yimla ba Mikaia.” Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ no sɛ: “Mma ɔhene nnka saa.”

9 Enti Israel hene frɛɛ ahemfie mpanimfoɔ no baako, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm frɛ Yimla ba Mikaia brɛ me.”+ 10 Saa berɛ no, na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn nhennwa so hyehyɛ wɔn ahentaadeɛ wɔ Samaria kuro pono ano ayuporobea hɔ, na adiyifoɔ no nyinaa gyinagyina wɔn anim rehyɛ nkɔm.+ 11 Na Kenaana ba Sedekia de dadeɛ yɛɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Wei na wode bɛpempem* Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn ase.’” 12 Adiyifoɔ nkaeɛ no nyinaa nso hyehyɛɛ nkɔm korɔ no ara sɛ: “Kɔ Ramot-Gilead so, na wobɛdi nkonim; Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”

13 Na deɛ wɔsomaa no sɛ ɔnkɔfrɛ Mikaia mmra no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Adiyifoɔ no nyinaa aka asɛmpa akyerɛ ɔhene, enti mesrɛ wo, ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn deɛ no, na ka asɛmpa.”+ 14 Nanso Mikaia kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, deɛ Yehowa bɛka no, ɛno ara na me nso mɛka.” 15 Berɛ a ɔbɛduruu ɔhene anim no, ɔhene bisaa no sɛ: “Mikaia, yɛne Ramot-Gilead nkɔko anaa yɛnnyae?” Ɛhɔ ara na ɔbuaa ɔhene sɛ: “Monkɔ na mobɛdi nkonim, na Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.” 16 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Mprɛ ahe na wopɛ sɛ mema woka ntam sɛ nokorɛ nko ara na wobɛka wɔ Yehowa din mu akyerɛ me?” 17 Ɛnna afei ɔkaa sɛ: “Hwɛ, mehu Israel sɛ wɔn nyinaa ahwete wɔ mmepɔ no so+ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. Yehowa se: ‘Weinom nni wura. Enti ma obiara nsan nkɔ ne fie asomdwoeɛ mu.’”

18 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ɛnyɛ asɛm a mekaeɛ no na ɛda hɔ yi, sɛ ‘ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa, na mmom nkɔm bɔne’?”+

19 Ɛnna Mikaia kaa sɛ: “Afei tie Yehowa anom asɛm: Mehuu Yehowa sɛ ɔte n’ahennwa so+ a ɔsoro asafodɔm nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.+ 20 Na Yehowa bisaa sɛ, ‘Hwan na ɔbɛkɔ akɔdaadaa Ahab ama no akɔdi nkoguo wɔ Ramot-Gilead?’ Afei wei ka sei, na wei nso aka sei. 21 Ɛnna honhom* bi+ bɛgyinaa Yehowa anim kaa sɛ: ‘Me na mɛkɔ akɔdaadaa no.’ Yehowa bisaa no sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na wobɛfa so?’ 22 Ɔno nso buaa sɛ, ‘Mɛkɔ akɔyɛ atorɔ honhom wɔ n’adiyifoɔ nyinaa anom.’+ Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Wobɛtumi adaadaa no ampa; deɛ worekɔyɛ no, ɛbɛyɛ yie. Kɔ na kɔyɛ saa.’ 23 Enti hu sɛ Yehowa de atorɔ honhom na ahyɛ w’adiyifoɔ yi nyinaa anom,+ nanso mmusuo na Yehowa aka afa wo ho.”+

24 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe bɛn Mikaia, na ɔbɔɔ no sotorɔ bisaa no sɛ: “Ɛhefa na Yehowa honhom nam sian me ho ne wo bɛkasaeɛ?”+ 25 Mikaia buaa no sɛ: “Ɛda a wobɛwura pia mu akɔhinta no na wobɛhunu baabi a ɛnam baeɛ.” 26 Ɛnna Israel hene kaa sɛ: “Momfa Mikaia nkɔma kuro sohwɛfoɔ Amon ne ɔhene ba Yoas. 27 Monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Deɛ ɔhene aka nie: “Momfa saa akoa yi nto afiase,+ na monte n’aduane* ne ne nsuo so nkɔsi sɛ mɛsan aba asomdwoeɛ mu.”’” 28 Ɛnna Mikaia kaa sɛ: “Sɛ wosan ba asomdwoeɛ mu paa a, ɛnneɛ na ɛnyɛ Yehowa na ɔne me kasaeɛ.”+ Na ɔka kaa ho sɛ: “Mo nyinaa moate bi.”

29 Enti Israel hene ne Yuda hene Yehosafat kɔɔ Ramot-Gilead so.+ 30 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Mɛsakra me ho akɔ akono, nanso wo deɛ, hyɛ w’ahentaadeɛ.” Enti Israel hene sakraa ne ho+ na ɔkɔɔ akono. 31 Ná Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam so asahene 32+ no sɛ: “Mo ne kumaa anaa ɔkɛseɛ nnko, momfa mo ani nsi Israel hene nko ara so.” 32 Na berɛ a nteaseɛnam so asahene no huu Yehosafat pɛ, wɔkaa sɛ: “Ampa, Israel hene no nie.” Enti wɔkɔɔ ne so sɛ wɔne no rekɔko. Ɛnna Yehosafat firii aseɛ su hwehwɛɛ ɔgyefoɔ. 33 Berɛ a nteaseɛnam so asahene no huu sɛ ɛnyɛ Israel hene no, ntɛm ara na wɔdanee wɔn ho, na wɔanni n’akyi bio.

34 Na ɔbarima bi too n’agyan, na ɛfom* kɔwɔɔ Israel hene wɔ ne dadeɛ ataadeɛ no mpameeɛ so. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ deɛ ɔreka teaseɛnam no sɛ: “Dane wo ho na fa me firi akono ha* kɔ, na wɔapira me pira bɔne.”+ 35 Ɛko no kɔɔ so da mu no nyinaa, na wɔsosɔɔ ɔhene mu gyinaa teaseɛnam no mu de n’ani kyerɛɛ Siriafoɔ no; mogya a ɛrenwunu no no guu teaseɛnam no mu, na ɛduruu anwummerɛ no na wawu.+ 36 Berɛ a awia kɔtɔeɛ no, wɔteaam kaa no asoɛeɛ hɔ nyinaa sɛ: “Obiara nkɔ ne kuro mu! Obiara nkɔ n’asaase so!”+ 37 Enti ɔhene no wui. Wɔde no baa Samaria, na wɔsiee ɔhene no wɔ Samaria. 38 Berɛ a wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu wɔ Samaria abura no ho no, nkraman bɛtaferee ne mogya, na tuutuufoɔ nso bɛdwaree wɔ hɔ,* na ɛno maa asɛm a Yehowa kaeɛ no baa mu.+

39 Ahab ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne asonse*+ fie* a ɔsiiɛ, ne nkuro a ɔkyekyeree nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 40 Na Ahab ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Ahasia+ bɛdii n’adeɛ.

41 Israel hene Ahab ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu na Asa ba Yehosafat+ bɛdii Yuda so hene. 42 Yehosafat bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 35, na ɔdii hene mfeɛ 25 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Asuba, na na ɔyɛ Silhi babaa. 43 Deɛ ɔhene no papa Asa yɛeɛ no,+ ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ, wammane amfiri ho. Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so.+ Mmom sorɔnsorɔmmea* no deɛ, ɛkaa hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔreɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ 44 Yehosafat ne Israel hene tenaa asomdwoeɛ mu.+ 45 Yehosafat ho nsɛm a aka, ne nnwuma akɛseɛ ne ako a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 46 Tuutuufoɔ mmarima+ a ne papa Asa berɛ so wɔkaa asɔrefie hɔ nso, ɔtuu wɔn ase firii asaase no so.+

47 Saa berɛ no, na ɔhene biara nni Edom;+ amrado na na ɔdi hene.+

48 Yehosafat yeyɛɛ Tarsis ahyɛn* a anka ɔde bɛkɔ Ofir akɔfa sika kɔkɔɔ,+ nanso antumi ankɔ ɛfiri sɛ ahyɛn no sɛee wɔ Esion-Geber.+ 49 Ɛnna Ahab ba Ahasia ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ma me nkoa mmɛka wo nkoa ho wɔ ahyɛn no mu,” nanso Yehosafat ampene.

50 Na Yehosafat ne n’agyanom kɔdae,+ na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kuro mu, na ne ba Yehoram+ bɛdii n’adeɛ.

51 Yuda hene Yehosafat ahennie afe a ɛtɔ so 17 mu no, Ahab ba Ahasia+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria, na ɔdii Israel so mfeɛ mmienu. 52 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, na deɛ ne papa+ ne ne maame yɛeɛ no,+ ɛno bi na ɔyɛeɛ; deɛ Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+ 53 Ɔtoaa so som Baal,+ na ɔkotoo no, na ɔkɔɔ so hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo+ sɛdeɛ ne papa yɛeɛ no.

Anaa “anka asɛm bi a ɛbɛha no ankyerɛ no.”

Anaa “na gye wo kra ne wo ba Solomon kra nkwa.”

Anaa “afatwafoɔ.”

Anaa “ɔgyee me kra.”

Anaa “m’afunumu bedeɛ.”

Anaa “ɔbarima a ɔfata.”

Nt., “Merekɔ asaase sofoɔ nyinaa kwan.”

Anaa “wobɛyɛ w’adeɛ nyansa mu.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Nna.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “adehyeɛ abusua.”

Nt., “aba.”

Nt., “aba.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “sorɔnsorɔmmea kɛseɛ.”

Anaa “meyɛ abɔfra.”

Nt., “mennim sɛdeɛ mɛfiri adi na maba mu.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔn so di yɛ den.” Nt., “wɔn mu yɛ duru.”

Nt., “nna dodoɔ.”

Anaa “w’atamfo kra.”

Nt., “wo nna nyinaa.”

Nt., “wo nna aware.”

Nt., “ne kokom.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, Eufrate atɔeɛ fam.

Apɔnkɔdan dodoɔ a ɛwɔ ha yi, saa na ɛwɔ nsaano ntwerɛeɛ ahodoɔ bi mu, na ɛne twerɛsɛm a ɛka asɛm korɔ yi ara no nso hyia. Nsaano ntwerɛeɛ ahodoɔ bi ka sɛ na ɛyɛ 40,000.

Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛtumi aba sɛ mmoa bi te sɛ ntuboa ka ho.

Anaa “Dawid te ase no, na Hiram dɔ no.”

Anaa “ɔman a emu nnipa dɔɔso.”

Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “Ngodua aba a wɔawɔ de ayɛ ngo.”

Nt., “Israel mma.”

Hwɛ Nkh. B8.

Hwɛ Nkh. B15.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “mpomma a ɛtrɛ wɔ akyire, nanso emu no yɛ ketewa.”

Ɛfa Kronkronbea no ho.

Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”

Nt., “nifa so.”

Kyerɛ sɛ, Kronkronbea no; ɛwɔ Kronkron Mu Kronkronbea no anim.

Kyerɛ sɛ, Kronkron Mu Kronkronbea.

Nt., “ɛdan no mu ne n’abɔnten.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛfa sɛdeɛ wɔyɛɛ aponnwa no anaa apono no akɛseɛ ho.

Ɛfa Kronkronbea no ho.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛfa sɛdeɛ wɔyɛɛ aponnwa no anaa apono no akɛseɛ ho.

Hwɛ Nkh. B15.

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “ahemfie.”

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ahemfie.”

Nt., “Abrannaa fie.”

Anaa “kɔbere a wɔde biribi afra.” Saa na ɛkyerɛ wɔ ha ne mmeaeɛ foforɔ wɔ ti yi mu.

Anaa “pomegranate.”

Ɛfa Kronkronbea no ho.

Anaa “anaafoɔ.”

Ɛkyerɛ, “Ma No Mma [kyerɛ sɛ, ma Yehowa mma] No Ntim Pintinn.”

Anaa “atifi.”

Ɛbɛtumi akyerɛ “Ahoɔden Mu.”

Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.

Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wɔguiɛ.”

Anaa “na ɛne trɔk mũ no nyinaa bom.”

Anaa “na ne nyinaa bom.”

Hwɛ Nkh. B15.

Kyerɛ sɛ, Apata Afahyɛ no.

Nt., “wo ba a ɔbɛfiri w’asene mu aba.”

Anaa “ne yɔnko no frɛ nnome ba ne so.” Kyerɛ sɛ, ɔma no ka ntam sɛ deɛ ɔreka no, sɛ ɛyɛ nkontompo a, nnome mmra ne so.

Nt., “nnome.”

Nt., “nnome.”

Nt., “bu ɔbɔnefoɔ no ɔbɔnefoɔ.”

Nt., “bu ɔteneneeni no ɔteneneeni.”

Anaa “woahiahia wɔn ho.”

Nt., “wɔn apono nkuro.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “na yɛ wɔn abisadeɛ biara a wɔde bɛto w’anim ma wɔn.”

Anaa “Hamat kwan ano.”

Nt., “da a ɛtɔ so nwɔtwe,” kyerɛ sɛ, nnafua nson ahodoɔ mmienu no da a ɛdi hɔ.

Anaa “ɔhene fie.”

Nt., “ayɛ akasabebuo.”

Anaa “ɔhene fie.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Asaase Hunu.”

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “n’ahemfie.”

Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “baabi a ɛhɔ apagya.”

Anaa “sɛ ayeforɔ akyɛdeɛ; sɛ ti adeɛ.”

Anaa “hyɛɛ Geser ne Anaafoɔ Bet-Horon den.”

Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “baabi a ɛhɔ apagya.”

Anaa “aborɔme; akasabebuo.”

Anaa “Ɔde nnipa pii.”

Nt., “ná home biara nni ne mu bio.”

Anaa “ne wo nsɛm.”

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɔhene fie.”

Nt., “deɛ ɛwɔ Ɔhene Solomon nsam a ɔde maa no.”

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Akyɛm nketewa a agyantofoɔ taa kura.

Hebri Twerɛnsɛm mu no, bɛnnaa baako yɛ gram 570. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɔsono se.”

Anaa “koohaa; akokɔnini-abankwaa.”

Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”

Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔkra firii Egypt ne Kue; ná ɔhene adwadifoɔ no tɔ firi Kue,” na ɛbɛtumi aba sɛ Kue no ara ne Kilikia.

Anaa “mo ne wɔn nnni ayewareɛ.”

Tete mmerɛ mu no, na wɔyɛ mmaa a wɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, mmaa a nkurɔfoɔ aware wɔn aka wɔn yere ho.

Anaa “ne yerenom nyaa ne so tumi paa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛka Edom ho anaasɛ ɛbɛn hɔ.

Ɔnyɛ ɔhemmaa a ɔdi adeɛ.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔtwaa abɔfra no nufoɔ.”

Nt., “kunkum Sobafoɔ.”

Nt., “maa ne nsa so tiaa.”

Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “hyɛ no ma.”

Kyerɛ sɛ, aseni.

Anaa “deɛ wo kra pɛ.”

Nt., “Nna.”

Anaa “mpire.”

Nt., “ntomadan mu.”

Nt., “wɔayi wɔn.”

Nt., “nokorɛ Nyankopɔn nipa.”

Anaa “hyɛɛ Sekem den.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “anwanwadeɛ.”

Anaa “anwanwadeɛ.”

Anaa “sradeɛ nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa sradeɛ a adi afra.

Anaa “ɔde kyerɛɛ ne so no kaa hɔ.”

Anaa “anwanwadeɛ.”

Anaa “merenni paanoo.”

Anaa “Nni paanoo.”

Anaa “kɔdi paanoo.”

Anaa “nni paanoo.”

Anaa “Nni paanoo.”

Anaa “ɔrekɔdi paanoo.”

Anaa “akɔdi paanoo.”

Anaa “Nni paanoo.”

Anaa “dii paanoo.”

Nt., “ɔde tumi hyɛɛ ne nsa maa no yɛɛ ɔsɔfoɔ.”

Anaa “Sei ne sei na ka kyerɛ no.”

Anaa “ahoni a wɔaguo.”

Nt., “obi a ɔdwonsɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtia.

Nt., “mɛtwa no atwene.”

Nt., “ɔbɛtwa Yeroboam fie atwene.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Nt., “Nna.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɔhene fie.”

Anaa “ɔhene fie.”

Nt., “ammirikatufoɔ.”

Ɔno ara na wɔfrɛ no Abia no.

Kyerɛ sɛ, aseni.

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Asa nna.”

Anaa “ɔrehyɛ Rama kuro no den.”

Anaa “obiara rentumi mfiri Yuda hene Asa asaase so mma anaa obiara rentumi nkɔ hɔ.”

Anaa “ɔhene fie.”

Anaa “Nhyehyɛeɛ.”

Anaa “nhyehyɛeɛ.”

Anaa “Rama a ɔresiesie ama no ayɛ den no.”

Anaa “kɔsiesiee Geba a ɛwɔ Benyamin, ne Mispa maa no yɛɛ den.”

Anaa “nkuro a ɔhyɛɛ no den.”

Anaa “ho nipa biara a ahome wɔ ne mu.”

Kyerɛ sɛ, Yeroboam ba Nadab.

Nt., “obi a ɔdwonsɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtia.

Anaa “ɔbɛtumi abɛtɔ ne mogya so werɛ.”

Anaa “ɔhene fie.”

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Ɛkyerɛ, “Semer Abusua Agyapadeɛ.”

Anaa “abosom dan.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Ɛkyerɛ, “Me Nyankopɔn Ne Yehowa.”

Nt., “megyina n’anim.”

Nt., “kɔsii sɛ afei deɛ na ahome biara nni ne mu bio.”

Anaa “ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ?”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “ɔbaa nkwa mu.”

Nt., “retwa Yehowa adiyifoɔ afiri hɔ.”

Nt., “megyina n’anim.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Mobɛtɔ agu mo nan so.”

Anaa “owigyinaeɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “watu kwan.”

Anaa “owigyinaeɛ.”

Anaa “reyɛ wɔn ho sɛ adiyifoɔ.”

Seah susudeɛ baako yɛ lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “subɔn.”

Anaa “ɔbɔɔ n’asene.”

Anaa “memmaa wo kra nyɛɛ sɛ wɔn mu baako kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “ne kra nwu.”

Anaa “me kra.”

Anaa “me kra.”

Anaa “ne diyifoɔ ataadeɛ.”

Anaa “me kra.”

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Ne Nkwagyeɛ.”

Anaa “anantwie mmienu mmienu.”

Anaa “ne diyifoɔ ataadeɛ.”

Nt., “de bɔɔ afɔreɛ.”

Anaa “wɔn apata ase.”

Anaa “owigyinaeɛ.”

Anaa “apata ase.”

Kyerɛ sɛ, berɛ a fefɛ berɛ bɛsan aduru.

Nt., “kan.”

Kyerɛ sɛ, berɛ a nneɛma fefɛ.

Nt., “mpɔnkye kuo.”

Anaa “asraafoɔ a wɔnam fam.”

Anaa “ahemfo a wɔn dɔ nni hwammɔ.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wo kra.”

Anaa “ma me kra nnya nkwa.”

Anaa “ayi mmorɔno.”

Anaa “Apam.”

Sɛ wɔka sɛ “adiyifoɔ mma” a, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ adesuakuo a wɔtete adiyifoɔ wom anaa adiyifoɔ nkabom kuo.

Anaa “wode wo kra bɛsi ne kra ananmu.”

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wo kra bɛsi ne kra ananmu.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “wo honhom aboto.”

Anaa “mmuada.”

Nt., “woatɔn wo ho.”

Nt., “obi a ɔdwonsɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtia.

Nt., “ɔtɔn ne ho.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bɛpiapia.”

Anaa “ɔbɔfoɔ.”

Nt., “ne paanoo.”

Anaa “too n’agyan a n’ani nna.”

Nt., “nsraban yi mu.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “baabi a tuutuufoɔ dware no, ɛhɔ na nkraman bɛtaferee ne mogya.”

Anaa “ɔsono se.”

Anaa “ahemfie.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane