ƆSƐNKAFOƆ
1 Dawid ba, ɔsɛnkafoɔ*+ a ɔdii hene wɔ Yerusalem no,+ ne nsɛm nie.
6 Mframa kɔ anaafoɔ, na ɛtwa ne ho kɔ atifi;
Ɛtwa ne ho frɛdɛfrɛdɛ; mframa kɔ so ara twa ne ho.
7 Nsubɔnten* nyinaa tene kɔgu po mu, nanso ɛpo nyɛ ma da.+
Baabi a nsubɔnten no firi ba no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ, na asan afiri hɔ aba bio.+
8 Adeɛ nyinaa yɛ ɔbrɛ nko ara;
Obiara ntumi nka ho asɛm mpo.
Ani hwɛ adeɛ a, ɛmmee,
Na aso nso tie asɛm a, ɛnyɛ ma.
9 Deɛ aba pɛn no, ɛno ara na ɛbɛsan aba,
Na deɛ wɔayɛ pɛn no, ɛno ara na wɔbɛsan ayɛ bio;
Ade foforɔ biara nni wiase.+
10 Ɛdeɛn paa na ɛwɔ hɔ a obi bɛtumi aka sɛ, “Hwɛ, adeɛ yi yɛ ade foforɔ”?
Ɛwɔ hɔ firi teteete;
Ɛwɔ hɔ dadaada ansa na yɛreba.
11 Obiara nkae tetefoɔ;
Na nkyirimma nso, obiara renkae wɔn,
Wɔn a wɔbɛdi wɔn akyi aba nso renkae wɔn.+
12 Me ɔsɛnkafoɔ no, medii Israel so hene wɔ Yerusalem.+ 13 Mede sii m’ani so sɛ biribiara a wɔyɛ wɔ ɔsoro ase,+ kyerɛ sɛ, adwumahunu a Onyankopɔn de ama nnipa a ɛgye wɔn adwene no, mede nyansa+ bɛsua ho adeɛ na mahwehwɛ mu.
15 Deɛ akyea no, wɔrentumi ntene no,
Na deɛ ɛnni hɔ nso, wɔrentumi nkan mma no nyɛ yie.
16 Ɛnna mekaa no wɔ m’akomam sɛ: “Hwɛ! Mahunu nyansa pii asene wɔn a wɔdii me kan wɔ Yerusalem nyinaa,+ na m’akoma anya nyansa ne nimdeɛ pii.”+ 17 Mede m’akoma hwehwɛɛ nyansa ne adammɔ* ne nkwaseasɛm.+ Na wei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*
18 Ɛfiri sɛ nyansa bebrebe de ahometeɛ bebree na ɛba.
Ɛno nti, obiara a ɔma ne nimdeɛ dɔɔso no, ɔma ne yea nso dɔɔso.+
2 Ɛnna mekaa no wɔ m’akomam sɛ: “Ma mennye m’ani, na menhwɛ sɛ adepa bɛfiri mu aba a.” Nanso hwɛ! ɛno nso yɛ ahuhudeɛ.
2 Mekaa sereɛ ho asɛm sɛ, “Ɛyɛ abɔdamsɛm!”
Na mekaa anigyeɛ ho asɛm sɛ, “Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so?”
3 Medwenee ho wɔ m’akomam sɛ mɛnom nsã.*+ Na saa berɛ no nyinaa, manto me nyansa antwene. Nkwaseasɛm mpo, meyɛɛ no atuu hwɛɛ sɛ mɛhunu adeɛ a ɛyɛ paa a ɛsɛ sɛ onipa de ne nkwa nna kakra a ɔdi wɔ ɔsoro ase no yɛ. 4 Meyeyɛɛ nnwuma akɛseɛ.+ Mesisii adan;+ meyeyɛɛ bobefuo.*+ 5 Meyeyɛɛ nturo nketewa ne akɛseɛ, na meduaa nnua a ɛso aba nyinaa bi wom. 6 Meyeyɛɛ atadeɛ, na mede emu nsuo guguu turom nnua* a ɛrenyini so. 7 Menyaa nkoa ne mfenaa,+ na wɔwoo nkoa* maa me wɔ me fie. Afei nso, menyaa nyɛmmoa bebree, anantwie ne nnwan;+ menyaa bebree senee obiara a ɔdii m’anim wɔ Yerusalem. 8 Meboaboaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ano,+ ahemfo ne ahemman ademudeɛ.+ Meboaboaa mmarima ne mmaa nnwontofoɔ ano. Na deɛ ɛma nnipa mma ani gyeɛ nso, meboaboaa bi ano, ɔbaa, aane, mmaa* bebree. 9 Ɛno nti, meyɛɛ kɛseɛ, na menyaa ahodeɛ pii senee wɔn a wɔdii me kan wɔ Yerusalem nyinaa.+ Na me nyansa nso deɛ, ammɔ me da.
10 Biribiara a me kɔn dɔeɛ no,* mamfa ankame me ho.+ Mamfa anigyeɛ biara ankame m’akoma, ɛfiri sɛ adwumaden a meyɛeɛ nyinaa nti, m’akoma ani gyeeɛ. Ɛno ne akatua a menya firii adwumaden a meyɛeɛ nyinaa mu.+ 11 Nanso berɛ a metenaa ase dwenee adwuma a mede me nsa yɛeɛ nyinaa ne adwumaden a mebrɛ yɛeɛ ho no,+ mehunuu sɛ adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*+ Biribiara nni wiase a mfasoɔ wɔ so.+
12 Afei metwaa m’ani hwɛɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm.+ (Ɛdeɛn koraa na onipa a ɔbɛdi ɔhene akyi aba no bɛtumi ayɛ? Deɛ wɔayɛ dada no ara bi na ɔbɛyɛ.) 13 Na mehunuu sɛ mfasoɔ wɔ nyansa so sene nkwaseasɛm,+ sɛdeɛ mfasoɔ wɔ hann so sene sum no.
14 Onyansafo deɛ, n’ani wɔ ne tirim;*+ na kwasea deɛ, esum mu na ɔnam.+ Mabɛhunu nso sɛ ɛwie wɔn nyinaa pɛ.+ 15 Enti mekaa no m’akomam sɛ: “Deɛ ɛto kwasea no, ɛno ara bi na ɛbɛto me.”+ Ɛnneɛ mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so sɛ mebɛyɛɛ onyansafoɔ pii saa? Enti mekaa no m’akomam sɛ: “Wei nso yɛ ahuhudeɛ.” 16 Onyansafoɔ ne kwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa. Ɛrenni da bi, wɔrenkae obiara bio.+ Na ɛkwan bɛn na onyansafoɔ bɛfa so awuo? Ɔbɛwu te sɛ kwasea ara pɛ.+
17 Enti asetena fonoo me,+ ɛfiri sɛ biribiara a wɔyɛ no wɔ wiase no, mehunuu sɛ ɛyɛ ateetee. Ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ,+ na ɛyɛ ɔbrɛguo.*+ 18 Ɛno nti, adwuma a mebrɛɛ dendeenden yɛɛ wɔ wiase nyinaa,+ na mempɛ animu ahwɛ bio,* ɛfiri sɛ mɛgya hɔ ama onipa a ɔbɛdi m’akyi aba.+ 19 Na hwan na ɔnim sɛ ebia ɔbɛyɛ nyansafoɔ anaa kwasea?+ Nanso nneɛma a mebirii me mogya ani de me nyansa pɛɛ wɔ wiase nyinaa no, ɔbɛfa. Wei nso yɛ ahuhudeɛ. 20 Enti mefirii aseɛ dii awerɛhoɔ wɔ m’akomam ɛsiane adwumaden a mebrɛ yɛɛ wɔ wiase no nyinaa nti. 21 Ɛfiri sɛ onipa bɛtumi de ne nyansa ne ne nimdeɛ ne n’adwene ayɛ adwumaden, nanso ɔbɛgya ne nyinaa ama* obi a wammrɛ ho.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ ne awerɛhosɛm kɛseɛ.*
22 Adwumaden a onipa yɛ nyinaa, ne adwuma a n’akoma piapia no ma ɔbiri ne mogya ani yɛ wɔ wiase no, ɛdeɛn koraa na ɔbɛnya afiri mu?+ 23 Ɛfiri sɛ ne nna nyinaa, n’adwuma ma ɔfa ɛyea ne ateetee mu,+ na sɛ ɛduru anadwo mpo a, n’akoma nnye n’ahome.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ.
24 Adepa biara nni hɔ mma onipa sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ* afiri n’adwumaden mu.+ Wei nso mahunu sɛ ɛfiri nokorɛ Nyankopɔn no nsam.+ 25 Na hwan na ɔdidi na ɔnom yie sene me?+
26 Onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ.+ Na ɔbɔnefoɔ deɛ, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*
3 Biribiara wɔ ne berɛ a wɔahyɛ ato hɔ,
Adwuma biara wɔ ne berɛ wɔ ɔsoro ase:
2 Awoɔ wɔ ne berɛ, ɛnna owuo nso wɔ ne berɛ;
Berɛ a wɔde dua adeɛ wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔde tutu deɛ wɔadua nso wɔ hɔ;
3 Okum wɔ ne berɛ, ɛnna ayaresa nso wɔ ne berɛ;
Berɛ a wɔde bubuo wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔde sie nso wɔ hɔ;
4 Esũ wɔ ne berɛ, ɛnna sereɛ nso wɔ ne berɛ;
Benabɔ wɔ ne berɛ, ɛnna asa* nso wɔ ne berɛ;
5 Berɛ a wɔde to aboɔ gu wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔde boaboa aboɔ ano nso wɔ hɔ;
Berɛ a wɔyɛ atuu wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔnyɛ atuu nso wɔ hɔ;
6 Berɛ a wɔhwehwɛ adeɛ wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔgyae deɛ ayera akyiri die nso wɔ hɔ;
Berɛ a wɔkora adeɛ so wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔto adeɛ twene nso wɔ hɔ;
7 Berɛ a wɔtete adeɛ mu wɔ hɔ,+ ɛnna berɛ a wɔpam adeɛ nso wɔ hɔ;
8 Ɔdɔ wɔ ne berɛ, ɛnna ɔtan nso wɔ ne berɛ;+
Ɛko wɔ ne berɛ, ɛnna asomdwoeɛ nso wɔ ne berɛ.
9 Ɛdeɛn na odwumayɛni nya firi ne brɛ nyinaa mu?+ 10 Mahunu adwuma a Onyankopɔn de ama nnipa mma sɛ ɛnnye wɔn adwene no. 11 Wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛɛfɛ* wɔ ne berɛ mu.+ Ɔde berɛ a ɛnni awieeɛ mpo ahyɛ wɔn akomam, nanso adwuma a nokorɛ Nyankopɔn no ayɛ firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no, nnipa rentumi nhunu mu nwie da.
12 Mahunu sɛ adepa biara nni hɔ mma nnipa sene sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wɔayɛ adepa wɔ wɔn asetena mu.+ 13 Deɛ ɛka ho bio nso ne sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ n’adwumaden nyinaa mu; ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.+
14 Mahunu sɛ biribiara a nokorɛ Nyankopɔn no yɛ no, ɛbɛtena hɔ daa. Wɔrentumi mfa biribiara nka ho, na wɔrentumi nyi biribiara nso mfiri mu. Nokorɛ Nyankopɔn no na ayɛ no saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛsuro no.+
15 Deɛ aba biara, ebi aba pɛn, na deɛ ɛbɛba biara nso, ebi aba dada;+ nanso nokorɛ Nyankopɔn no hwehwɛ deɛ nnipa adi akyire.*
16 Deɛ masan ahu wɔ wiase nie: Baabi a wɔbu atɛntenenee no, atirimuɔdensɛm na ɛwɔ hɔ, na baabi a wɔdi asɛntenenee no, atirimuɔdensɛm na ɛwɔ hɔ.+ 17 Enti mekaa wɔ m’akomam sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn no bɛbu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ nyinaa atɛn,+ ɛfiri sɛ adwuma biara wɔ ne berɛ, na adeɛ biara nso wɔ berɛ a wɔde yɛ.”
18 Mesan kaa nnipa mma ho asɛm wɔ m’akomam sɛ, nokorɛ Nyankopɔn no bɛsɔ wɔn ahwɛ na wama wɔahu sɛ wɔte sɛ mmoa. 19 Ɛfiri sɛ nnipa awieeɛ wɔ hɔ, ɛnna mmoa nso awieeɛ wɔ hɔ; wɔn nyinaa awieeɛ yɛ baako.+ Sɛdeɛ wei wuo teɛ no, saa ara na wei nso wuo teɛ; na wɔn nyinaa wɔ honhom baako.+ Enti onipa nkyɛn aboa, na adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ. 20 Wɔn nyinaa kɔ faako.+ Wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu,+ na wɔn nyinaa san kɔ dɔteɛ mu.+ 21 Hwan paa na ɔnim sɛ ebia nnipa honhom foro kɔ soro, na aboa honhom deɛ, ɛsiane kɔ asaase ase?+ 22 Mahu sɛ adepa biara nni hɔ sene sɛ onipa bɛnya anigyeɛ afiri n’adwuma mu,+ ɛfiri sɛ ɛno ne n’akatua.* Na ne kɔ akyi no, hwan na ɔbɛtumi ama wahunu deɛ ɛbɛsi wɔ n’akyi?+
4 Mesan hwɛɛ nneɛma a nkurɔfoɔ yɛ de hyɛ nnipa so wɔ wiase nyinaa no. Mehuu wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nisuo, na na obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye wɔn werɛ.+ Ná wɔn a wɔhyɛ nkurɔfoɔ so no wɔ tumi, na na obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye wɔn a wɔhyɛ wɔn so no werɛ. 2 Enti mekamfoo nnipa* a wɔawuwu dada no senee nnipa* a wɔda so te ase no.+ 3 Na deɛ ne deɛ yɛ sene wɔn nyinaa ne deɛ wɔnnya nwoo no,+ deɛ ɔnhunuu awurukasɛm a wɔdi* wɔ wiase no.+
4 Na mahunu sɛdeɛ nnipa ntam akansie nti, nkurɔfoɔ yere wɔn ho yɛ adwuma ma wɔben adwumayɛ mu.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*
5 Kwasea bobɔ ne nsa, na ɔfɔn.*+
6 Sɛ obi gye n’ahome kakra a, ɛyɛ sene sɛ ɔbɛyɛ adwumaden bebree; ɛyɛ ɔbrɛguo.*+
7 Mesan hwɛɛ ade foforɔ bi nso a ɛyɛ ahuhudeɛ wɔ wiase: 8 Ɔbarima bi wɔ hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ hɔ, na obiara nka ne ho. Ɔnni ba anaa nua biara, nanso ɔyɛ adwumaden a ɔnnyae. Ahonyadeɛ biara nsɔ n’ani.+ Nanso ɔmmisaa ne ho sɛ, ‘Hwan koraa na merebrɛ ama no, a ne nti mede nneɛma pa rekame me ho* yi’?+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ ne adwumahunu.+
9 Baanu yɛ sene baako,+ ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumaden so akatua pa.* 10 Na sɛ ɔbaako hwe ase a, deɛ ɔka ne ho no bɛtumi ama no so. Na ɔbaakofoɔ a ɔhwe ase a obi nka ne ho a ɔbɛma no so no, ɛbɛwie no sɛn?
11 Bio nso, sɛ baanu da a, wɔn ho bɛyɛ wɔn hye, na ɔbaakofoɔ deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na ne ho ayɛ no hye? 12 Obi bɛtumi adi ɔbaakofoɔ so, nanso baanu deɛ, wɔbɛtumi ne no de asi ani. Na ahoma a ɛbɔ ho mmiɛnsa no, emu rente ntɛm.*
13 Abɔfra hiani a ɔnim nyansa yɛ sene ɔhene akɔkoraa gyimifoɔ+ a ɔntie kɔkɔbɔ bio.+ 14 Afiase na ɔfiri* bɛdii hene;+ nso wɔwoo no ohiani wɔ ɔbaako no ahennie mu.+ 15 Mahunu wɔn a wɔte ase a wɔnenam wiase nyinaa ne sɛdeɛ ɛwie abɔfra a ɔbɛdii ɔbaako no adeɛ no. 16 Ɛwom, n’akyitaafoɔ rensa da, nanso wɔn a wɔbɛdi n’akyi aba no ani rennye ne ho.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*
5 Berɛ biara a wobɛkɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie no, hwɛ w’anammɔn yie.+ Ɛyɛ sɛ wobɛkɔ hɔ na woakɔyɛ aso atie+ sene sɛ wobɛbɔ afɔreɛ sɛdeɛ nkwaseafoɔ yɛ no,+ ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔnnim sɛ deɛ wɔreyɛ no yɛ bɔne.
2 Mma w’ano mmpere wo, na w’akoma nso, mma ɛmmpere ne ho nnka asɛm bi wɔ nokorɛ Nyankopɔn no anim.+ Ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no wɔ soro, na wo deɛ, asaase so na wowɔ. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ wo nsɛm yɛ kakraa bi no.+ 3 Nneɛma pii a nnipa dwene ho na ɛde adaeɛso ba,+ na nsɛm bebrebe na ɛma wɔte kwasea nsɛnkeka.+ 4 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛdi so,+ ɛfiri sɛ n’ani nnye nkwaseafoɔ ho.+ Ɛbɔ a woahyɛ no, di so.+ 5 Ɛyɛ sɛ worenhyɛ bɔ sene sɛ wobɛhyɛ bɔ na wonni so.+ 6 Mma w’ano nnnyegye wo* nnkɔ bɔne mu,+ na nka wɔ ɔbɔfoɔ* no anim sɛ ɛyɛ mfomsoɔ.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woka biribi ma ɛno nti nokorɛ Nyankopɔn no bo fu na ɔsɛe wo nsa ano adwuma?+ 7 Na sɛdeɛ nneɛma pii a nnipa dwene ho de adaeɛso ba no,+ saa ara na kasa dodoɔ nso de ahuhudeɛ ba. Enti suro nokorɛ Nyankopɔn no.+
8 Sɛ wohunu sɛ obi hyɛ ohiani so, na ɔkyea atemmuo, na ɔdane tenenee ani wɔ wo mantam mu a, mma ɛnnyɛ wo nwanwa.+ Ɛfiri sɛ saa panin no, obi a ɔkorɔn sene no rehwɛ no, na ebinom nso wɔ hɔ a wɔkorɔn sene wɔn.
9 Bio nso, wɔkyɛ asaase no so aba ma wɔn nyinaa; ɔhene mpo, ɔdidi asaase no so bi.+
10 Deɛ n’ani bere dwetɛ no, dwetɛ remmee no da, na deɛ n’ani bere ahonyadeɛ nso, sika remmee no da.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ.+
11 Sɛ nneɛma pa dɔɔso a, wɔn a wɔdie nso dɔɔso.+ Na mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so ma ne wura? N’ani kɛkɛ na ɔde hwɛ.+
12 Sɛ akoa didi kakraa bi oo, sɛ ɔdidi pii oo, ne nna yɛ no dɛ. Na ɔdefoɔ deɛ, nneɛma pii a ɔwɔ no mma ɔntumi nna.
13 Awerɛhosɛm kɛseɛ* bi wɔ hɔ a mahunu wɔ wiase. Ɛne sɛ: Obi boaboa ahonyadeɛ ano sie ma ɛdane ɔhaw ma no. 14 Ɔde n’ahonyadeɛ no hyɛ adwuma mu, na ne dwetire no hye ma saa ahonyadeɛ no firi ne nsa. Enti berɛ a ɔbɛwo ba no, na ɔnni hwee wɔ ne nsam.+
15 Sɛdeɛ onipa de adagya firi ne maame yam baeɛ no, saa ara na ɔbɛsan akɔ.+ Na ɔrentumi mfa adwuma a ɔbrɛ yɛeɛ no mu biribiara nkura nkɔ.+
16 Wei nso yɛ awerɛhosɛm kɛseɛ:* Sɛdeɛ onipa baeɛ no, saa ara na ɔbɛsan akɔ; na mfasoɔ bɛn na ɛwɔ hɔ ma deɛ ɔbrɛ ne ho yɛ adwuma gu mframa mu no?+ 17 Afei nso, da biara ɔdidi wɔ sum mu, na ne haw, ne ne yareɛ ne n’abufuo dɔɔso pii.+
18 Biribi wɔ hɔ a mahunu sɛ ɛyɛ na ɛfata. Ɛno ne sɛ onipa bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ afiri adwumaden a ɔbrɛ ne ho yɛ+ wɔ wiase no mu, adwumaden a ɔyɛ wɔ ne nkwa nna kakra a nokorɛ Nyankopɔn no de ama no no nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɛno ne n’akatua.*+ 19 Bio nso, sɛ nokorɛ Nyankopɔn no ma onipa nya sika ne ahonyadeɛ,+ na ɔma no tumi de gye n’ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔ n’akatua* no mu na ɔma n’ani gye n’adwumaden mu. Onyankopɔn akyɛdeɛ ne no.+ 20 N’adwene renkɔ ne nkwa nna a ɛretwam no so pii, ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no ma n’adwene kɔ anigyeɛ a wanya wɔ n’akomam no so.+
6 Awerɛhosɛm* foforɔ bi nso wɔ hɔ a mahunu wɔ wiase, na ɛto nnipa nyinaa. Ɛne sɛ: 2 Nokorɛ Nyankopɔn no ma obi nya sika ne ahonyadeɛ ne animuonyam, na deɛ ɔpɛ biara, ne nsa ka;* nanso nokorɛ Nyankopɔn no mma ɔntumi mfa nnye n’ani, na mmom ɔhɔhoɔ na ɔde gye n’ani. Wei yɛ ahuhudeɛ ne amanehunu kɛseɛ. 3 Sɛ onipa wo ɔha, na ɔtena ase mfeɛ pii, na ɔbɔ akɔkoraa, na sɛ ne nyinaa akyi no, wantumi* amfa nneɛma pa a ɔwɔ no annye n’ani ansa na wakɔ adamena mu a, mɛtumi aka sɛ abɔfra a wɔapɔn* no mpo yɛ sene no.+ 4 Wammɛyɛ hwee; esum mu na ɔkɔeɛ, na esum akata ne din so. 5 Ɛwom sɛ wanhunu awia da, na ɔnnim biribiara deɛ, nanso ɛyɛ ma no koraa* sene deɛ ɔdi kan no.+ 6 Sɛ obi di mfeɛ mpem mmienu, na wannye n’ani a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so? Ɛnyɛ faako na obiara rekɔ?+
7 Brɛ a onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ de hyɛ n’anom ma;+ nanso ɔmmee da.* 8 Deɛn na onyansafoɔ de kyɛn kwasea,+ na sɛ ohiani nim sɛdeɛ ɔbɛsonsɔn ne ho* a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so? 9 Ɛyɛ sɛ deɛ w’ani hunu no, wobɛma w’ani agye ho sene sɛ wobɛkyinkyini* adi w’akɔnnɔ akyi. Wei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*
10 Deɛ aba biara, ɛwɔ din dada, na sɛdeɛ onipa teɛ nso, obiara nim; ɔrentumi ne deɛ ɔwɔ tumi sene no no ntwe manso. 11 Sɛ nsɛm* dɔɔso a, ahuhudeɛ nso dɔɔso; na mfasoɔ bɛn na ɛde brɛ nnipa? 12 Hwan na ɔnim adeɛ a ɛyɛ paa sɛ onipa yɛ wɔ ne nkwa nna kakra a mfasoɔ biara nni so no mu, ne nkwa nna a ɛtwam te sɛ sunsum no?+ Hwan na ɔbɛtumi akyerɛ onipa deɛ ɛbɛsi wɔ wiase wɔ ne kɔ akyi?
7 Din pa* yɛ sene ngo pa,+ na owuda yɛ sene awoda. 2 Ɛyɛ sɛ wobɛkɔ awerɛhoɔ fie sene sɛ wobɛkɔ apontoɔ fie,+ ɛfiri sɛ ɛno ne onipa biara awieeɛ, na ɛsɛ sɛ ateasefoɔ de hyɛ wɔn akomam. 3 Awerɛhoɔ yɛ sene sereɛ,+ ɛfiri sɛ sɛ onipa anim yɛ mmɔbɔmmɔbɔ a, ɛyɛ n’akoma yie.+ 4 Anyansafoɔ akoma wɔ awerɛhoɔ fie, na nkwaseafoɔ akoma deɛ, ɛwɔ anigyeɛ fie.+
5 Ɛyɛ sɛ wobɛtie onyansafoɔ animka+ sene sɛ wobɛtie nkwaseafoɔ dwom. 6 Sɛdeɛ nkasɛɛ a ɛredɛre wɔ kukuo ase dede teɛ no, saa ara na kwasea sereɛ teɛ;+ wei nso yɛ ahuhudeɛ. 7 Nhyɛsoɔ bɛtumi ama onyansafoɔ ayɛ n’adeɛ sɛ bɔdamfoɔ, na adanmudeɛ* sɛe akoma.+
8 Asɛm awieeɛ yɛ sene ne mfitiaseɛ. Ɛyɛ sɛ wobɛto wo bo ase sene sɛ wobɛma wo ho so.*+ 9 Nyɛ ntɛm mfa abufuo,*+ ɛfiri sɛ nkwaseafoɔ kokom na abufuo teɛ.*+
10 Nka sɛ, “Adɛn nti na kane nna no yɛ sene nnɛ?” na nyansa nnim sɛ wobɛbisa saa.+
11 Nyansa a agyapadeɛ ka ho yɛ adepa, na mfasoɔ wɔ so ma wɔn a wɔhunu adekyeeɛ hann.* 12 Nyansa bɔ onipa ho ban+ sɛdeɛ sika nso bɔ onipa ho ban no.+ Nanso nimdeɛ so mfasoɔ nie: Nyansa kora ne wura nkwa so.+
13 Susu nokorɛ Nyankopɔn no adwuma ho hwɛ. Sɛ ɔkyea biribi a, hwan na ɔbɛtumi atene no?+ 14 Ɛda pa ba a, gye w’ani,+ na amanehunu da* ba a, hunu sɛ Onyankopɔn na ayɛ wei nso aka ho,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa rentumi nhunu biribiara a ɛbɛto wɔn daakye.+
15 Me nkwa nna a mfasoɔ biara nni so mu no,+ mahunu adeɛ nyinaa. Ebi ne sɛ, ɔteneneeni bi wɔ hɔ a, ɔwu wɔ ne tenenee mu,+ na ɔbɔnefoɔ bi wɔ hɔ a, ne bɔne nyinaa akyi no, ɔtena ase kyɛ.+
16 Nyɛ wo ho ɔteneneeni dodo,+ na nyɛ wo ho onyansafoɔ nso ntra so.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɛe wo ho?+ 17 Nyɛ bɔne mmoro so, na nyɛ kwasea nso.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wowu ansa na wo berɛ aso?+ 18 Ɛyɛ paa sɛ wobɛsɔ kɔkɔbɔ a ɛdi kan no mu, na worennyae deɛ ɛdi akyire no nso mu;+ ɛfiri sɛ deɛ ɔsuro Onyankopɔn no, ɔbɛtie mmienu no nyinaa.
19 Nyansa ma onyansafoɔ yɛ den sene kuro mu mmarima ahoɔdenfoɔ du.+ 20 Na ɔteneneeni biara nni asaase so a adepa nko ara na ɔyɛ a ɔnyɛ bɔne da.+
21 Afei nso, mfa w’akoma nni nsɛm a nnipa ka nyinaa akyi;+ anyɛ saa a, wobɛte sɛ w’akoa redome wo. 22 Ɛfiri sɛ wonim wɔ w’akomam paa sɛ, wo nso, woadome nkurɔfoɔ mprɛ pii.+
23 Weinom nyinaa mede nyansa sɔ hwɛe, na mekaa sɛ: “Mɛyɛ onyansafoɔ.” Nanso mantumi. 24 Deɛ aba nyinaa, yɛrentumi nhunu mu; emu dɔ yie. Hwan na ɔbɛtumi ate aseɛ?+ 25 Mede sii m’ani so sɛ mɛhunu na mapɛɛpɛɛ mu, na mahwehwɛ nyansa ne deɛ enti a nneɛma bi sisi, na mahunu sɛdeɛ nkwaseasɛm yɛ bɔne na adammɔ nso yɛ agyimisɛm.+ 26 Deɛ mehunuiɛ nie: Adeɛ a ɛyɛ nwono sene owuo ne ɔbaa a ɔte sɛ afirisumfoɔ atena, a n’akoma te sɛ asau, na ne nsa te sɛ afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn. Deɛ ɔsuro nokorɛ Nyankopɔn no, ɔbaa no rentumi nkye no.+ Ɔbɔnefoɔ mmom na ɔbaa no bɛtumi akye no.+
27 Ɔsɛnkafoɔ no+ kaa sɛ: “Hwɛ, deɛ mahunu nie. Mehwehwɛɛ nneɛma no mu mmaako mmaako sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛhunu deɛ ɛwom. 28 Nanso deɛ mekɔɔ so hwehwɛeɛ no,* manhunu. Deɛ mehunuiɛ ne sɛ, wofa nnipa apem a, wobɛnya ɔbarima* baako wom, nanso worennya ɔbaa baako mpo wom. 29 Deɛ mahunu ara ne sɛ: Nokorɛ Nyankopɔn no bɔɔ nnipa yie,+ nanso wɔn ara na wɔafa akwan foforɔ bebree so.”+
8 Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ no? Na hwan na ɔnim sɛdeɛ wɔsɔ ɔhaw ano?* Onipa nyansa ma n’anim te, na sɛ waka n’anim asi so mpo a, ɛma ɔsere.
2 Mese: “Ntam a woaka Onyankopɔn nti,+ di ɔhene ahyɛdeɛ so.+ 3 Mpere wo ho mfiri ɔhene anim nkɔ.+ Mfa wo ho mfɔrefɔre bɔne biara,*+ na ɔbɛtumi ayɛ deɛ ɔpɛ biara, 4 ɛfiri sɛ ɔhene kasa a, na wakasa;+ na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: ‘Deɛn na woreyɛ yi?’”
5 Deɛ ɔdi ahyɛdeɛ so no, ɔhaw* biara remma ne so,+ na onyansafoɔ akoma bɛhunu berɛ a ɛfata, ɛne sɛdeɛ wɔdi adeɛ biara ho dwuma.*+ 6 Adeɛ biara wɔ ne berɛ ne sɛdeɛ wɔdi ho dwuma,*+ ɛfiri sɛ nnipa haw dɔɔso. 7 Obiara nni hɔ a ɔnim deɛ ɛbɛba, enti hwan na ɔbɛtumi akyerɛ ɛkwan a ɛbɛfa so aba?
8 Onipa biara nni honhom* no so tumi, na ɔrentumi nsi honhom no kwan. Saa ara nso na obiara nni owuda so tumi.+ Sɛdeɛ wɔmma obiara mfa ne ho nni wɔ ɛko berɛ mu no, saa ara nso na bɔne remma wɔn a wɔdi bɔne no mfa wɔn ho nnie.*
9 Wei nyinaa mahunu, na mede m’akoma adi adwuma biara a wɔyɛ wɔ wiase no akyi. Saa berɛ no, mehuu sɛ onipa di onipa so ma ɛwie no bɔne.*+ 10 Na mehuu sɛ wɔresie abɔnefoɔ, wɔn a na wɔdi kronkronbea hɔ akɔneaba no. Nanso ankyɛ na nnipa werɛ fii wɔn wɔ kuro a na wɔdi bɔne wom no mu.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ.
11 Ɛsiane sɛ wɔmmu nneɛma bɔne ho atɛn ntɛm nti,+ nnipa asi wɔn bo sɛ wɔbɛdi bɔne.+ 12 Sɛ ɔbɔnefoɔ yɛ bɔne mprɛ ɔha, na ɔtena ase kyɛ mpo a, menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro nokorɛ Nyankopɔn no yie, suro a wɔsuro no nti.+ 13 Na ɔbɔnefoɔ deɛ, ɛrensi no yie,+ na ne nna a ɛte sɛ sunsum no,+ ɔrentumi mma no nyɛ tenten, ɛfiri sɛ ɔnsuro Onyankopɔn.
14 Ahuhudeɛ bi kɔ so wɔ asaase so. Ɛne sɛ: Ateneneefoɔ bi wɔ hɔ a, wɔyɛ wɔn te sɛ deɛ wɔayɛ bɔne.+ Na abɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a, wɔyɛ wɔn te sɛ deɛ wɔayɛ adetenenee.+ Mekaa sɛ wei nso yɛ ahuhudeɛ.
15 Enti mekaa sɛ anigyeɛ yɛ,+ ɛfiri sɛ adepa biara nni hɔ mma onipa wɔ wiase sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wagye n’ani. Berɛ a onipa yɛ adwumaden wɔ ne nkwa nna mu,+ nna a nokorɛ Nyankopɔn no de ama no wɔ wiase no, ɛsɛ sɛ ɔgye n’ani nso.
16 Mede m’akoma hwehwɛɛ nyansa, na mehwɛɛ sɛ mɛhunu nnwuma a ɛrekɔ so wɔ asaase so no nyinaa.+ Ɛno nti, awia ne anadwo nyinaa, na menna.* 17 Afei mesusuu nokorɛ Nyankopɔn no nnwuma nyinaa ho, na mehuu sɛ deɛ ɛkɔ so wɔ wiase no, nnipa ntumi nte aseɛ.+ Sɛ nnipa bɔ wɔn ho mmɔden sɛ deɛn koraa a, wɔrentumi nte aseɛ. Sɛ wɔka sɛ wɔnim nyansa mpo a, ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛtumi ate aseɛ.+
9 Enti mede wei nyinaa hyɛɛ m’akomam, na mehuu sɛ ateneneefoɔ ne anyansafoɔ ne wɔn nnwuma wɔ nokorɛ Nyankopɔn no nsam.+ Nnipa nnim ɔdɔ ne ɔtan a na ɛwɔ hɔ ansa na wɔreba. 2 Awieeɛ korɔ no ara na ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa,+ ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ,+ apapafoɔ ne wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔreɛ ne wɔn a wɔmmɔ afɔreɛ. Apapafoɔ ne abɔnefoɔ nyinaa yɛ pɛ; deɛ ɔka ntam ne deɛ ɔsuro sɛ ɔbɛka ntam nso yɛ pɛ. 3 Wei ne ahometesɛm a ɛkɔ so wɔ wiase. Ɛne sɛ: Ɛsiane sɛ awieeɛ korɔ na ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa nti,+ bɔne ahyɛ nnipa akoma ma. Na wɔn nkwa nna nyinaa, abɔdamsɛm wɔ wɔn akomam, na afei wɔwu!*
4 Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara a ɔka ateasefoɔ ho, ɛfiri sɛ kraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo.+ 5 Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu,+ na awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara,+ na wɔnni akatua biara bio, ɛfiri sɛ nnipa nkae wɔn bio.+ 6 Afei nso, wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ahoɔyaa* oo, ayera dada, na deɛ wɔyɛ wɔ wiase biara, wɔnni mu kyɛfa bio.+
7 Kɔ, fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa anigyeɛ akoma nom wo nsã,*+ ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no ani asɔ wo nnwuma dada.+ 8 Ma wo ntaadeɛ nyɛ fitaa* berɛ nyinaa, na mma wo werɛ mmfi sɛ wode ngo bɛgu wo tirim.+ 9 Wo ne wo yere a wodɔ no nnye mo ani,+ wo nkwa nna a mfasoɔ biara nni so a Onyankopɔn de ama wo wɔ wiase, ɔbrɛguo nna no nyinaa mu. Ɛfiri sɛ ɛno ne wo kyɛfa wɔ asetena mu ne adwumaden a wobrɛ yɛɛ wɔ wiase no nyinaa mu.+ 10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ adwuma ne nhyehyɛeɛ ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamena* mu+ a worekɔ no.
11 Mahunu biribi foforɔ nso wɔ wiase. Ɛne sɛ, ɛnyɛ daa na ahoɔherɛfoɔ di nkonim wɔ mmirikatuo mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ na wɔdi nkonim ɛko mu,+ na ɛnyɛ daa na anyansafoɔ nya aduane, na ɛnyɛ daa na wɔn a wɔn adwenem dɔ nya ahodeɛ,+ na ɛnyɛ daa na ɛsi animdefoɔ yie;+ ɛfiri sɛ asiane* to wɔn nyinaa berɛ a wɔnhwɛ kwan. 12 Na onipa nnim ne berɛ.+ Sɛdeɛ asau bɔne yi mpataa na fidie yi nnomaa no, saa ara na asiane* to nnipa mma prɛko pɛ, na ɛyi wɔn sɛ fidie.
13 Mehunuu wei nso wɔ nyansa ho wɔ wiase, na ɛyɛɛ me nwanwa. 14 Ɛne sɛ, na kuro ketewa bi wɔ hɔ a emu mmarima yɛ kakraa bi. Na ɔhenkɛseɛ bi baa kuro no so bɛtwaa ho hyiae, na ɔtoo akoban* akɛseɛ faa ho nyinaa. 15 Ná ohiani bi wɔ kurom hɔ a ɔnim nyansa, na ɔde ne nyansa twitwa gyee kuro no. Nanso obiara ankae ohiani no.+ 16 Ɛnna mekaa sɛ: ‘Nyansa yɛ sene tumi;+ nanso nnipa bu ohiani nyansa animtia, na wɔmfa n’asɛm nyɛ hwee.’+
17 Ɛyɛ sɛ wobɛtie anyansafoɔ nsɛm a wɔka no brɛoo sene sɛ wobɛtie nkwaseafoɔ hene nteateamu.
18 Nyansa yɛ sene akodeɛ, nanso ɔbɔnefoɔ baako pɛ bɛtumi asɛe adepa bebree.+
10 Nwansena a wawuo* ma sradehwam a wɔafra no yie bɔn, na ɛsɛe. Saa ara na nkwaseasɛm kakra nso sɛe onyansafoɔ ne onimuonyamfoɔ din.+
2 Onyansafoɔ akoma de no fa ɛkwampa so,* na kwasea akoma deɛ, ɛde no fa kwammɔne so.*+ 3 Ɛkwan biara a kwasea fa so no, ɔnhunu nyansa,*+ na ɔma obiara hunu sɛ ɔyɛ kwasea.+
4 Sɛ ɔhene bo fu wo a,* mfiri baabi a wogyina,+ ɛfiri sɛ ɔdwoɔ ma bɔne akɛseɛ to twa.*+
5 Mahunu ahometesɛm bi a ɛkɔ so wɔ wiase. Ɛyɛ mfomsoɔ a atumfoɔ die.+ 6 Ɛne sɛ: Wɔama nkwaseafoɔ anya diberɛ akɛseɛ pii, na adefoɔ* deɛ, wɔama wɔn diberɛ a ɛwɔ fam.
7 Mahunu nkoa a wɔtete apɔnkɔ so berɛ a adehyeɛ nam fam te sɛ nkoa.+
8 Deɛ ɔtu amena no, ɔbɛtumi atɔ mu,+ na deɛ ɔdwiri aboɔ fasuo guo no, ɔwɔ bɛtumi aka no.
9 Deɛ ɔpae aboɔ no, ɛbɛtumi apira no, na deɛ ɔpae nnua no, ɛbɛtumi adi no awu.*
10 Sɛ obi dadeɛ ano wu na wanse a, gye sɛ ɔmia ne nsam. Na nyansa deɛ, ɛde nkonimdie ba.
11 Sɛ ɔwɔ ka obi wie ansa na nkonyaayifoɔ a waben* ama ɔwɔ no ayɛ dinn a, ɛnneɛ na mfasoɔ biara nni nkonyaayifoɔ no so.
12 Onyansafoɔ anom asɛm de adom ba,+ na kwasea ano deɛ, ɛsɛe ɔno ara.+ 13 N’anom asɛm a ɛdi kan yɛ nkwaseasɛm,+ na n’asɛm a ɛtwa toɔ yɛ abɔdamsɛm pɔtɔɔ. 14 Kwasea deɛ, n’ano nna.+
Onipa nnim deɛ ɛbɛba; hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛbɛba wɔ n’akyi?+
15 Kwasea adwumaden ma ɔbrɛ, ɛfiri sɛ ɛkwan a ɔbɛfa so akɔ kuro no mu mpo, ɔnnim.
16 Asaase a wo hene yɛ abarimaa,*+ na w’adehyeɛ hyɛ apontoɔ ase anɔpa no, due! 17 Asaase a wo hene yɛ ɔdehyeɛ ba, na wo mpanimfoɔ didi berɛ a ɛfata mu de pɛ ahoɔden, a wɔmfa nyɛ asaborɔ no, anigyeɛ ne wo!+
18 Akwadworɔ bebrebe nti, ɛdan so nnua* dwiri gu, na nsa a ɛda hɔ kwa nti, ɛdan nwunu.+
19 Aduane* ma nnipa sere, na nsã* ma asetena yɛ dɛ;+ nanso sika ma yɛnya deɛ yɛhia biara.+
20 W’adwenem* mpo, nnome ɔhene,*+ na nnome sikani wɔ ɛdan a woda mu no mu; ɛfiri sɛ anomaa* de asɛm* no bɛkɔ, na ntakraboa bɛtĩ deɛ wokaeɛ no mu.
11 To wo paanoo gu nsuo mu,+ na nna pii akyi no, wo nsa bɛsan aka.+ 2 Fa bi ma nnipa nson anaa nwɔtwe mpo,+ ɛfiri sɛ wonnim asɛmmɔne* a ɛbɛba asaase so.
3 Sɛ nsuo hyɛ mununkum ma a, nsuo na ɛbɛtɔ agu asaase so. Na sɛ dua bu tɔ anaafoɔ anaa atifi a, baabi a dua no bɛtɔ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.
4 Deɛ ɔhwɛ mframa no, ɔrengu aba; na deɛ ɔhwɛ mununkum no, ɔrentwa nnɔbaeɛ.+
5 Wonnim sɛdeɛ honhom yɛ adwuma wɔ abɔfra a wɔnyem no no+ nnompe mu, na saa ara na wonnim nokorɛ Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa no nnwuma.+
6 Gu w’aba anɔpa, na nyi wo nsa mfiri ho kɔsi anwummerɛ,+ ɛfiri sɛ wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie; ebia wei na ɛbɛyɛ yie, anaa wei, anaa ne mmienu no nyinaa mpo bɛyɛ yie.
7 Hann yɛ dɛ, na ɛyɛ sɛ ani bɛhunu awia. 8 Na sɛ onipa di mfeɛ pii a, ma n’ani nnye ne nyinaa mu.+ Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ esum nna bɛtumi ayɛ pii; deɛ ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhudeɛ.+
9 Aberanteɛ, ma w’ani nnye wɔ wo mmeranteberɛm, na ma w’akoma ani nnye wɔ wo mmabunberɛ mu. Akwan a w’akoma de wo bɛfa so biara, di akyire na kɔ baabi a w’ani bɛkyerɛ wo. Nanso hunu sɛ weinom nyinaa ho na nokorɛ Nyankopɔn no bɛbu wo atɛn.*+ 10 Enti yi nneɛma a ɛha adwene firi w’akomam, na yi nneɛma a ɛbɛtumi apira wo firi wo nipadua* mu, ɛfiri sɛ mmeranteberɛ ne mmabunberɛ yɛ ahuhudeɛ.+
12 Enti kae wo Bɔfo Kɛseɛ no wɔ wo mmabunberɛ mu,+ ansa na amanehunu nna* no aba,+ ansa na mfeɛ bi aba ama woaka sɛ: “Menni ho anigyeɛ”; 2 ansa na awia ne hann ne bosome ne nsoromma ayɛ sum,+ ansa na nsuo atɔ asan amuna bio; 3 ansa na efie awɛmfoɔ* ho apopo, ansa na mmarima ahoɔdenfoɔ mu akuntunu, ansa na mmaa a wɔyam adeɛ no agyae adwuma ɛsiane sɛ wɔn so ate nti, ansa na mmabaawa a wɔhwɛ mpomma mu no ani so ayɛ wɔn wisiwisi;+ 4 saa berɛ no, abɔnten pono mu toto, na ɛboɔ a wɔyam so adeɛ* no dede brɛ ase, na anomaa su nyane onipa, na mma mmaa nnwontofoɔ nyinaa nne brɛ ase.+ 5 Bio nso, onipa suro deɛ ɛwɔ soro, na abɔnten yɛ no hu. Aborɔfo nkateɛ dua gu nhyerɛnee,+ na abɛbɛ twe ne ho ase; n’anom nyɛ no dɛ bio,* ɛfiri sɛ onipa rekɔ efie a ɔbɛhome wɔ hɔ akyɛ no mu,+ na nkurɔfoɔ resu di akɔneaba wɔ abɔnten so;+ 6 ansa na dwetɛ ahoma no mu ate, na sika kɔkɔɔ koraa no apae, na ahina a ɛsi nsuo ho no abɔ, na adeɛ a wɔkyim de to nsuo wɔ abura mu no abubu. 7 Ɛno na dɔteɛ san kɔ asaase mu+ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no, na honhom* no asan akɔ nokorɛ Nyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.+
8 “Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ!” Ɔsɛnkafoɔ no+ na aka. “Adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ.”+
9 Ɔsɛnkafoɔ no bɛyɛɛ onyansafoɔ; nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Ɔsan de deɛ ɔnim no kyerɛkyerɛɛ ɔman no daa,+ na ɔdwendwenee nneɛma ho yɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi ahyehyɛ mmebusɛm pii.+ 10 Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛyɛ dɛ,+ na watwerɛ nsɛm a ɛyɛ nokorɛ no pɛpɛɛpɛ.
11 Anyansafoɔ nsɛm te sɛ poma a wɔde ka nantwie,+ na nsɛm a wɔaboaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ nneɛma mu dendeenden; ɛfiri odwanhwɛfoɔ baako hɔ. 12 Weinom akyi deɛ, me ba, tie kɔkɔbɔ yi: Nwoma deɛ, nkurɔfoɔ rennyae yɛ da, na sɛ wodi akyire bebree a, wobɛbrɛ.*+
13 Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro nokorɛ Nyankopɔn no+ na di ne mmara nsɛm so,+ na wei ne adeɛ a ɛho hia paa wɔ nnipa asetena mu.*+ 14 Ɛfiri sɛ nneyɛɛ biara, nokorɛ Nyankopɔn no bɛbu ho atɛn akyerɛ sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne; deɛ ahinta mpo, ɔbɛbu ho atɛn.+
Nt., “ɔnoboaboafoɔ.” Anaa “deɛ ɔboaboa asafo ano.”
Anaa “Adeɛ a mfasoɔ biara nni so.”
Nt., “ɛgyina hɔ.”
Anaa “hyerɛn.”
Anaa “Awɔ berɛ mu nsubɔnten.”
Anaa “ɛte sɛ deɛ obi pɛ sɛ ɔkye mframa.”
Anaa “nkwaseasɛm a ɛboro so.”
Anaa “ɛte sɛ deɛ obi pɛ sɛ ɔkye mframa.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “kwaeɛ.”
Nt., “efie nnipa.”
Anaa “ababaawa, aane, mmabaawa.”
Nt., “m’ani bisaeɛ.”
Anaa “ɛte sɛ deɛ obi pɛ sɛ ɔkye mframa.”
Anaa “wabue n’ani.”
Anaa “ɛte sɛ deɛ obi pɛ sɛ ɔkye mframa.”
Anaa “metanee.”
Anaa “ɔde ne kyɛfa bɛma.”
Anaa “amanehunu.”
Anaa “wama ne kra ahunu adepa.”
Anaa “ɛte sɛ deɛ obi pɛ sɛ ɔkye mframa.”
Nt., “ahurihuri.”
Anaa “wɔanowɔano; pɛpɛɛpɛ; sɛdeɛ ɛfata.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “deɛ atwam kɔ.”
Anaa “ne kyɛfa.”
Anaa “awufoɔ.”
Anaa “ateasefoɔ.”
Anaa “nneɛma bɔne a wɔyɛ.”
Anaa “ɛte sɛ deɛ obi pɛ sɛ ɔkye mframa.”
Nt., “ɔwe ɔno ara ne honam.”
Anaa “ɛte sɛ deɛ obi pɛ sɛ ɔkye mframa.”
Anaa “me kra.”
Anaa “mfasoɔ pii.”
Anaa “ɛyɛ den sɛ emu bɛteɛ.”
Ɛbɛtumi aba sɛ abɔfra nyansafoɔ no ho asɛm na wɔreka.
Anaa “ɛte sɛ deɛ obi pɛ sɛ ɔkye mframa.”
Nt., “wo honam.”
Anaa “deɛ wɔasoma no.”
Anaa “Amanehunu.”
Anaa “amanehunu.”
Anaa “ne kyɛfa.”
Anaa “ne kyɛfa.”
Anaa “Amanehunu.”
Anaa “deɛ ne kɔn dɔ biara mmɔ ne kra.”
Anaa “ne kra antumi.”
Anaa “abɔfra a wawu wɔ ne maame yam.”
Nt., “ɔwɔ ahotɔ pii.”
Anaa “ne kra mmee da.”
Nt., “sɛdeɛ ɔbɛnante ateasefoɔ anim.”
Anaa “wo kra bɛkyinkyini.”
Anaa “ɛte sɛ deɛ obi pɛ sɛ ɔkye mframa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nneɛma.”
Nt., “Edin.”
Anaa “braeb.”
Nt., “ahomasoɔ honhom.”
Nt., “Mma wo honhom mmpere.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nkwaseafoɔ na wɔpere wɔn ho fa abufuo.”
Kyerɛ sɛ, wɔn a wɔte ase.
Anaa “ɛda bɔne.”
Anaa “deɛ me kra kɔɔ so hwehwɛeɛ no.”
Anaa “ɔbarima a ɔtene.”
Anaa “ɔnim biribi ase kyerɛ?”
Anaa “Nnyina bɔne biara afã.”
Anaa “bɔne.”
Anaa “ɛne atemmuo.”
Anaa “ne atemmuo.”
Anaa “home; mframa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔn bɔne rentumi nnye ɔbɔnefoɔ.”
Anaa “wɔhunu amane; ɛkɔwie ɔhaw mu.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛno nti, awia ne anadwo nyinaa, nnipa nna.”
Nt., “ɛno akyi no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn!”
Anaa “ninkuntwe.”
Anaa “bobesa.”
Kyerɛ sɛ, ataadeɛ a ani da hɔ a wɔhyɛ no anigyeɛ da. Ɛnyɛ ataadeɛ a wɔde di awerɛhoɔ.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “biribi a wɔnhwɛ kwan.”
Anaa “berɛ bɔne.”
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Anaa “Nwansena funu.”
Nt., “Onyansafoɔ akoma wɔ ne nifa.”
Nt., “kwasea akoma wɔ ne benkum.”
Nt., “n’akoma tɔ sin.”
Nt., “ɔhene honhom sɔre tia wo a; ɔhene home sɔre tia wo a.”
Anaa “ano brɛ ase.”
Anaa “wɔn a wɔfata.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛhia sɛ ɔhwɛ ne ho yie.”
Nt., “kɛtrɛma no wura.”
Anaa “abɔfra.”
Anaa “mpuna.”
Anaa “Paanoo.”
Anaa “bobesa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wo mpa so.”
Anaa “mfrɛ mmusuo mma ɔhene so.”
Nt., “aboa a ɔtu fa wiem.”
Anaa “nnyegyeeɛ.”
Anaa “atoyerɛnkyɛm; amanehunu.”
Anaa “bɛma woabu ho akonta.”
Nt., “honam.”
Anaa “nna bɔne.”
Anaa “ahwɛfoɔ.”
Anaa “owiyammoɔ.”
Hebri asɛm no gyina hɔ ma aduaba bi a ɛma obi tumi didi.
Anaa “nkwa tumi.”
Nt., “wo honam bɛbrɛ.”
Anaa “wei ne nnipa asɛdeɛ nyinaa.”