Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Nehemia 1:1-13:31
  • Nehemia

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nehemia
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Nehemia

NEHEMIA

1 Hakalia ba Nehemia*+ nsɛm nie: Bosome Kislew* mu, afe a ɛtɔ so 20 no, ɛbaa sɛ na mewɔ Susan*+ abankɛseɛ mu.* 2 Ɛnna me nua Hanani+ ne mmarima bi a wɔfiri Yuda baa hɔ, na mebisaa wɔn sɛdeɛ Yudafoɔ a wɔasan kɔ wɔn nkyi no+ ho teɛ, ne sɛdeɛ nneɛma rekɔ so wɔ Yerusalem. 3 Wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔn a wɔafiri obi man so aba a wɔwɔ ɔmantam no mu asɛm yɛ mmɔbɔ paa, na animguaseɛ aka wɔn.+ Yerusalem afasuo no abubu,+ na n’apono nso, wɔde gya ahye.”+

4 Metee asɛm yi ara pɛ, metenaa ase sui, na medii awerɛhoɔ nna pii; meyɛɛ akɔnkyene*+ bɔɔ mpaeɛ wɔ ɔsoro Nyankopɔn anim. 5 Asɛm a mekaeɛ ne sɛ: “O Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a woyɛ kɛseɛ na wo ho yɛ hu, na wodi w’apam so na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara nsɛm so,+ 6 mesrɛ wo, wɛn w’aso na bue w’ani, na tie mpaeɛ a ɛnnɛ w’akoa rebɔ no w’anim awia ne anadwo+ ama wo nkoa Israelfoɔ yi. Bɔne a Israel mma ayɛ atia wo na mereka yi. Me ne me papa fie nyinaa, yɛayɛ bɔne.+ 7 Bɔne deɛ, yɛayɛ bi atia wo;+ wo mmara nsɛm ne w’ahyɛdeɛ ne w’atemmusɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose nsa no, yɛanni so.+

8 “Mesrɛ wo, kae asɛm a woka kyerɛɛ* w’akoa Mose yi sɛ, ‘Sɛ moto me mmara a, me nso, mɛbɔ mo ahwete amanaman mu.+ 9 Sɛ mosan ba me nkyɛn bɛdi me mmara nsɛm so a, ɛnneɛ sɛ wɔahwete mo akɔduru ɔsoro ano mpo a, mɛboa mo ano+ afiri hɔ de mo aba baabi a mayi de me din ato no.’+ 10 Wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den gyee wɔn.+ 11 O Yehowa, mesrɛ wo, wɛn w’aso ma w’akoa mpaebɔ, na tie wo nkoa a wɔsuro wo din no mpaebɔ; afei mesrɛ wo, ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma ɔbarima yi nhu me mmɔbɔ.”+

Saa berɛ no, me na na mehyɛ nsã ma ɔhene.+

2 Ɔhene Artasasta+ ahennie afe a ɛtɔ so 20,+ bosome Nisan* mu no, ɛbaa sɛ na bobesa si n’anim, na sɛdeɛ daa meyɛ no, mefaa bobesa no de maa ɔhene.+ Nanso na m’anim nyɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ wɔ ɔhene anim saa da. 2 Ɛnna ɔhene bisaa me sɛ: “Adɛn nti na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ saa, berɛ a wonyare? Wei nyɛ biribiara sɛ akoma mu awerɛhoɔ.” Ɛmaa ehu kɛseɛ kaa me.

3 Na meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa! Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, berɛ a kuro a m’agyanom adamena wom adane amamfo na n’apono nso, wɔde gya ahye?”+ 4 Ɛnna ɔhene bisaa me sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ woyɛ?” Ntɛm ara na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ.+ 5 Afei meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so, na sɛ w’akoa anya w’anim adom a, ma menkɔ Yuda kuro a wɔsiee m’agyanom wom no mu na mensan nkɔkyekyere.”+ 6 Saa berɛ no, na ɔhemmaa no te ɔhene nkyɛn, na ɔhene bisaa me sɛ: “W’akwantuo no bɛdi nna sɛn, na da bɛn na wobɛsan aba?” Enti ɔhene penee so sɛ menkɔ,+ na mehyɛɛ no da.+

7 Na meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ ɛsɔ ɔhene ani a, ma wɔmma me nkrataa nkɔma amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten no*+ agya no, na wɔama me kwan ama matwam akɔduru Yuda dwoodwoo; 8 ɛne krataa nso a mede bɛma Ɔhene Kwaeɛ sohwɛfoɔ Asaf, na wama me nnua a mede bɛyɛ Fie* No Abankɛseɛ+ apono, ne kuro no afasuo+ ne efie a merekɔ mu no ho adwuma.” Enti ɔhene de maa me,+ me Nyankopɔn nsa* a ɛwɔ me so nti.+

9 Mekɔduruu amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten no agya no nkyɛn, na mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Afei nso, ɔhene maa asahene ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so kaa me ho kɔe. 10 Berɛ a Sanbalat+ a ɔfiri Horonaim, ne ahemfie panin* Tobia+ a ɔfiri Ammon+ teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya paa sɛ obi aba rebɛyɛ adepa ama Israelfoɔ.

11 Afei mekɔduruu Yerusalem. Ne nnansa akyi no, 12 mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho no. Nanso deɛ na me Nyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ mma Yerusalem no, manka ankyerɛ obiara. Ná aboa biara nka yɛn ho sɛ aboa a mete ne so no. 13 Mefaa Ɛbɔn Pono+ no mu firii adi anadwo faa Ɔtweaseɛ Nsuo Aniwa no anim kɔɔ Sumina Pono+ no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo no hunuu sɛdeɛ abubu na wɔde egya nso ahye n’apono no.+ 14 Na metwaam kɔɔ Nsuo Aniwa Pono+ no ano toaa so kɔɔ Ɔhene Tadeɛ no ho, na na aboa a mete ne so no nnya baabiara mfa. 15 Ɛnna metoaa so faa ɛbɔn+ no mu anadwo no, na merekɔ nyinaa na merehwɛ sɛdeɛ afasuo no teɛ; ɛno akyi no, mesan m’akyi bɛfaa Ɛbɔn Pono no mu baeɛ.

16 Ná asoafoɔ no+ nnim baabi a mekɔeɛ ne deɛ na mereyɛ, na Yudafoɔ no, asɔfoɔ, atitire, asoafoɔ, ne adwumayɛfoɔ a wɔaka no nso, na mennya nkaa biribiara nkyerɛɛ wɔn. 17 Afei meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ, ne sɛdeɛ Yerusalem ayɛ amamfo na wɔde egya ahye n’apono. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no bio, na yɛankɔ so antena animguaseɛ yi mu.” 18 Na mekaa sɛdeɛ me Nyankopɔn nsa adi aboa me+ no kyerɛɛ wɔn, ne ɔhene nsɛm a ɔka kyerɛɛ me no.+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momma yɛnsɔre na yensi.” Enti wɔhyɛɛ wɔn ho den* maa adwuma pa no.+

19 Berɛ a Sanbalat a ɔfiri Horonaim, ahemfie panin* Tobia+ a ɔfiri Ammon,+ ne Gesem a ɔfiri Arabia+ teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ,+ na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: “Ɛdeɛn na moreyɛ yi? Ɔhene na morete ne so atua yi?”+ 20 Nanso, mebuaa wɔn sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn no na ɔbɛma asi yɛn yie,+ na yɛn a yɛyɛ ne nkoa no, yɛn na yɛbɛsɔre asi; mo deɛ, monni kyɛfa ne hokwan ne agyapadeɛ* biara wɔ Yerusalem.”+

3 Ɔsɔfo panin Eliasib+ ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree, na wɔyɛɛ ɔfasuo no ho adwuma wɔ baabi a na Nnwan Pono+ no wɔ no. Wɔyɛɛ no kronkron*+ na wɔsisii n’apono; wɔyɛɛ no kronkron kɔduruu Mea Abantenten+ no ho de kɔsii Hananel Abantenten+ no ho. 2 Yeriko mmarima+ na wɔtoaa wɔn so yɛɛ ɔfasuo no ho adwuma. Ná Imri ba Sakur nso toa wɔn so.

3 Hasenaa mma na wɔyɛɛ Mpataa Pono+ no ho adwuma; wɔn na wɔsisii n’aponnwa ne n’apono,+ yeyɛɛ ne nkorɔkorɔ ne ne mmeamu. 4 Hakos ba Uriya ba Meremot+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi, na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn so; Baana ba Sadok na ɔtoaa wɔn so. 5 Tekoafoɔ+ na wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi, nanso wɔn atitire no ammrɛ wɔn ho ase ansom wɔn wuranom.

6 Pasea ba Yoiada ne Besodeia ba Mesulam na wɔsiesiee Kuro Dada Pono no;+ wɔn na wɔsisii n’aponnwa ne n’apono, yeyɛɛ ne nkorɔkorɔ ne ne mmeamu. 7 Wɔn a wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi ne Gibeonni+ Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa+ mmarima a wɔhyɛ Asubɔnten no*+ agya amrado no ase.* 8 Harhaia ba Usiel a ɔyɛ sikadwumfoɔ no na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi, na Hanania a ɔyɛ sradehwamfrafoɔ no na ɔtoaa ne so; wɔde aboɔ* sɛm Yerusalem kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛɛ+ no ho. 9 Hur ba Refaia, Yerusalem mantam fã soafoɔ no na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi. 10 Harumaf ba Yedaia na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi wɔ ɔno ara ne fie anim; na Hasabnia ba Hatus na ɔtoaa ne so.

11 Harim ba+ Malkiya ne Pahat-Moab ba+ Hasub siesiee baabi foforɔ* ne Fononoo Abantenten no.+ 12 Halohes ba Salum, Yerusalem mantam fã soafoɔ no na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi, ɔne ne mma mmaa.

13 Hanun ne nnipa a wɔtete Sanoa+ na wɔsiesiee Ɛbɔn Pono no;+ wɔn na wɔsiiɛ, na wɔyɛɛ n’apono, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu, ne ɔfasuo no basafa 1,000* kɔsii Sumina Pono no+ ho. 14 Rekab ba Malkiya, Bet-Hakerem+ mantam soafoɔ no na ɔsiesiee Sumina Pono no; ɔno na ɔsiiɛ, na ɔyɛɛ n’apono, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu.

15 Kolhosen ba Salun, Mispa+ mantam soafoɔ no na ɔsiesiee Nsuo Aniwa Pono no;+ ɔno na ɔsiiɛ, na ɔbɔɔ* so na ɔyeyɛɛ n’apono, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu, na ɔfasuo a ɛbɛn Tadeɛ+ Suka a ɛkɔ Ɔhene Turom+ no nso ɔsan siesie de kɔpem Stɛps+ a ɛsiane firi Dawid Kuro+ mu no.

16 Asbuk ba Nehemia, Bet-Sur+ mantam fã soafoɔ no na ɔtoaa ne so siesiee ɔfasuo no fã bi firi Dawid Asieeɛ+ kɔsii tadeɛ+ a nnipa ayɛ, ne Akatakyie Fie no anim.

17 Lewifoɔ no na wɔtoaa ne so siesiee ɔfasuo no fã bi: ná wɔhyɛ Bani ba Rehum ase; Hasabia, Keila+ mantam fã soafoɔ no na ɔtoaa ne so yɛɛ adwuma no bi maa ne mantam. 18 Wɔn nuanom na wɔtoaa so siesiee ɔfasuo no fã bi: Henadad ba Bawai a ɔyɛ Keila mantam fã soafoɔ na na ɔda wɔn ano.

19 Yesua+ ba Eser, Mispa otitire no na ɔtoaa ne so siesiee ɔfasuo no fã a ɛwɔ beaeɛ a ɛforo kɔ Akodeɛ Korabea a ɛbɛn Adum+ no.

20 Sabai+ ba Baruk na ɔtoaa ne so de ahokeka siesiee ɛfã a ɛfiri Adum no so kɔsi ɔsɔfo panin Eliasib+ fie kwan ano.

21 Hakos ba Uriya ba Meremot+ na ɔtoaa ne so siesiee ɛfã a ɛfiri Eliasib fie kwan ano kɔsi Eliasib fie no awieeɛ nohoa.

22 Asɔfoɔ a wɔfiri Yordan Mantam*+ mu no toaa ne so siesiee ɔfasuo no fã bi. 23 Benyamin ne Hasub na wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi wɔ wɔn ankasa fie anim. Anania ba Maaseia ba Asaria na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi wɔ baabi a ɛbɛn ɔno ara ne fie. 24 Henadad ba Binui na ɔtoaa ne so siesiee ɛfã a ɛfiri Asaria fie kɔsi Adum+ no so kɔeɛ ara kɔpem ne ntwea so.

25 Usai ba Palal na ɔtoaa ne so yɛɛ adwuma no bi wɔ Adum no ne abantenten a ɛtoa Ahemfie*+ no so, atifi dan a ɛwɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu no anim. Paros+ ba Pedaia na ɔtoaa ne so.

26 Asɔrefie asomfoɔ*+ a na wɔte Ofel+ no siesiee ɛfã a ɛwɔ Nsuo Pono+ no anim wɔ apueeɛ fam de kɔpem abantenten a epue ɔfasuo no ho.

27 Tekoafoɔ+ na wɔtoaa wɔn so; abantenten kɛseɛ a epue ɔfasuo no ho no, animu na wɔsiesie de kɔsii Ofel ɔfasuo no ho.

28 Asɔfoɔ no na wɔsiesiee Apɔnkɔ Pono+ no atifi; wɔn mu biara yɛɛ adwuma wɔ ɔno ara ne fie anim.

29 Imer ba Sadok+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi wɔ ɔno ara ne fie anim.

Sekania ba Semaia, Apueeɛ Pono+ ano hwɛfoɔ no na ɔtoaa ne so.

30 Selemia ba Hanania ne Salaf ba a ɔtɔ so nsia, Hanun, na wɔtoaa ne so siesiee ɛfã foforɔ.

Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi wɔ ɔno ara ne dan* anim.

31 Malkiya a ɔfiri sika adwumfoɔ mu no na ɔtoaa ne so siesiee ɔfasuo no fã bi kɔsii asɔrefie asomfoɔ*+ ne adwadifoɔ fie ne Ɔhwɛ Pono no anim de kɔpem abansoro dan a ɛwɔ ntwea so no ho.

32 Sika adwumfoɔ ne adwadifoɔ no na wɔsiesiee abansoro dan a ɛwɔ ntwea so no kɔsii Nnwan Pono+ no ho.

4 Berɛ a Sanbalat+ tee sɛ yɛresan ato ɔfasuo no, ɛyɛɛ no ya na ne bo fuu paa, na daa na ɔdi Yudafoɔ no ho fɛ. 2 Ɔkaa no ne nuanom ne Samaria asraafoɔkuo no anim sɛ: “Ɛdeɛn na Yudafoɔ a wɔnni ahoɔden yi reyɛ yi? Ɛdeɛn koraa na wɔbɛtumi ayɛ? Wɔbɛtumi abɔ afɔreɛ? Wɔbɛtumi de da koro awie? Aboɔ dada a ahye awuo a ɛsum hɔ yi, wɔbɛtumi de ayɛ adepa bi?”+

3 Ammonni+ Tobia+ a ɔgyina ne nkyɛn no nso kaa sɛ: “Aboɔ fasuo a wɔreto yi, sakraman mpo bɛtumi abubu agu.”

4 O yɛn Nyankopɔn tie, nkurɔfoɔ yi rebu yɛn animtia;+ ma animguaseɛ no mmɛgu wɔn ankasa atifi,+ na ma nkurɔfoɔ nsoa wɔn nkɔ obi man so. 5 Nkata wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so, na mmu w’ani nngu so,+ ɛfiri sɛ wɔn a wɔreto ɔfasuo no, wɔadidi wɔn atɛm.

6 Enti yɛkɔɔ so too ɔfasuo no, na ne nyinaa keka sisii animu, na yɛto kɔɔ soro kɔduruu mfimfini. Ɔman no de akoma pa toaa so yɛɛ adwuma no.

7 Berɛ a Sanbalat ne Tobia+ ne Arabiafoɔ,+ Ammonfoɔ, ne Asdodfoɔ+ tee sɛ Yerusalem afasuo a wɔresiesie no renya nkɔso na akwan a ɛdeda mu no, wɔafiri aseɛ rekeka si animu no, wɔn bo fuu paa. 8 Enti wɔn nyinaa bɔɔ pɔ sɛ wɔne Yerusalem bɛba abɛko ama basabasayɛ aba hɔ. 9 Ɛnna yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpaeɛ, na yɛde awɛmfoɔ sisii hɔ awia ne anadwo.

10 Nanso na Yudafoɔ no rekeka sɛ: “Wɔn a wɔsoasoa nneɛma no ahoɔden asa, na nwura nso sunsum hɔ pii; yɛrentumi nto ɔfasuo no da.”

11 Yɛn atamfo nso kekaa sɛ: “Wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛakɔ wɔn mu akɔkunkum wɔn ama adwuma no aka.”

12 Na berɛ biara a Yudafoɔ a wɔtete bɛn wɔn no bɛba no, na wɔtaa ka kyerɛ yɛn* sɛ: “Atamfo no bɛfiri mmeaeɛ nyinaa aba yɛn so.”

13 Enti memaa mmarima kɔgyinagyinaa ɔfasuo no ho, baabi a ɛwɔ fam a ɛhɔ da hɔ. Memaa nnipa no gyinagyinaa mmusua mmusua, na wɔde nsekan ne mpea ne agyan wɛneeɛ. 14 Berɛ a mehuu sɛ ehu aka wɔn no, ntɛm ara na mesɔre ka kyerɛɛ atitire+ ne asoafoɔ ne nnipa a aka no sɛ: “Monnsuro wɔn.+ Yehowa, deɛ ɔyɛ kɛseɛ na ne ho yɛ hu no,+ ɔno na monkae no; monko mma mo nuanom ne mo mma mmarima ne mo mma mmaa ne mo yerenom ne mo afie.”

15 Berɛ a yɛn atamfo no tee sɛ yɛn ho adwene a wɔafa no, yɛate na nokorɛ Nyankopɔn no asɛe wɔn agyinatuo no, yɛn nyinaa san kɔtoaa so yɛɛ ɔfasuo no ho adwuma. 16 Ɛfiri saa da no, me mmeranteɛ no fã yɛɛ adwuma,+ na ɛfã nso kurakuraa mpea ne akyɛm ne agyan, na wɔhyehyɛɛ dadeɛ ataadeɛ; na mpanimfoɔ+ no gyinaa Yudafoɔ a 17 wɔreto ɔfasuo no nyinaa akyi. Wɔn a wɔsoasoa nneɛma no de wɔn nsa baako yɛɛ adwuma, na wɔde baako nso kuraa akodeɛ. 18 Wɔn a wɔreto ɔfasuo no mu biara de ne sekan bɔɔ n’asene berɛ a ɔreyɛ adwuma no, na deɛ ɔbɛbɔ abɛn no nso,+ na ɔgyina me nkyɛn.

19 Ɛnna meka kyerɛɛ atitire ne asoafoɔ ne nnipa a aka no sɛ: “Adwuma no sõ na ɛtrɛ; yɛn ntam atete wɔ ɔfasuo no ho na obiara ne ne yɔnko ntam twe. 20 Sɛ mote sɛ wɔrebɔ abɛn no a, mommoaboa mo ho ano mmra baabi a yɛwɔ no. Yɛn Nyankopɔn bɛko ama yɛn.”+

21 Ɛno nti, yɛkɔɔ so yɛɛ adwuma no, na yɛn mu fã nso kurakuraa mpea firii adekyeeɛ kɔsii sɛ nsoromma pueeɛ. 22 Saa berɛ no, meka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Momma mmarima no mu biara ne ne somfoɔ nna Yerusalem, na wɔbɛwɛn yɛn anadwo na wɔayɛ adwuma awia.” 23 Enti me ne me nuanom ne m’asomfoɔ+ ne mmarima a wɔwɛn me a wɔdi m’akyi no anyiyi yɛn ntaadeɛ, na obiara kuraa n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.

5 Ne nyinaa mu no, na mmarima no ne wɔn yerenom redi abooboo kɛse, na na wɔrenwiinwii tia wɔn nuanom Yudafoɔ no.+ 2 Asɛm a na ebinom reka ne sɛ: “Yɛne yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa dɔɔso. Yɛannya aduane a, ɛkɔm bɛku yɛn.” 3 Ebinom nso kaa sɛ: “Yɛde yɛn hwiit mfuo ne yɛn bobe mfuo ne yɛn afie resi awowa na ama yɛanya aduane wɔ ɛkɔm berɛ mu.” 4 Ɛnna afoforɔ nso kaa sɛ: “Yɛde yɛn hwiit mfuo ne yɛn bobe mfuo akɔgye bosea de atua ɔhene toɔ.+ 5 Yɛne yɛn nuanom nyinaa yɛ nnipa baako;* yɛn mma te sɛ wɔn mma. Nanso yɛreyɛ abrɛ yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa ase ama wɔayɛ nkoa ne mfenaa, na yɛn mma mmaa no mu bi mpo deɛ, yɛayɛ wɔn mfenaa dada.+ Yɛnni tumi biara nso a yɛde bɛsi ano, ɛfiri sɛ yɛn hwiit mfuo ne yɛn bobe mfuo akɔdi ebinom nsam.”

6 Berɛ a metee asɛm yi ne wɔn abooboo no, me bo fuu yie. 7 Enti mesusuu ho wɔ m’akomam, na m’ani annye deɛ atitire ne asoafoɔ no ayɛ no ho, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara mo nuanom na moregye wɔn nsiho.”+

Ɛnna wɔn nti memaa yɛbɔɔ dwa kɛseɛ. 8 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtɔn wɔn maa amanaman no, yɛayɛ deɛ yɛbɛtumi biara asan agye wɔn aba; afei moresan atɔn mo ara mo nuanom?+ Yɛnsan ntɔ wɔn bio anaa?” Mekaa saa no, wɔyɛɛ komm na wɔantumi anka hwee. 9 Ɛnna mekaa sɛ: “Adeɛ a moreyɛ yi nyɛ. Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn mmom na ɛsɛ sɛ mosuro no+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a aman a wɔtan yɛn no rengu yɛn anim ase? 10 Me nso ɛyɛ a me ne me nuanom ne m’asomfoɔ de sika ne aduane fɛm wɔn a yɛnnye nsiho. Mesrɛ mo, momma yɛnnyae nsiho no gye.+ 11 Enti nsiho a mogye wɔ wɔn hwiit mfuo+ ne wɔn bobe mfuo ne wɔn ngodua mfuo ne wɔn afie ho ne nkyɛmu 100 a mogye* wɔ sika ne aduane ne bobesa foforɔ ne ngo so no, mesrɛ mo, monsan mfa mma wɔn nnɛ dua yi ara.”

12 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛbɛsan de ama wɔn, na yɛremmisa hwee mfiri wɔn hɔ. Yɛbɛyɛ deɛ woaka no pɛpɛɛpɛ.” Enti mefrɛɛ asɔfoɔ no, na memaa mmarima no kekaa ntam sɛ wɔbɛdi bɔhyɛ yi so. 13 Ɛno akyi no, meporoporoo m’ataadeɛ mu* na mekaa sɛ: “Sɛ obi anni asɛm yi so a, ma nokorɛ Nyankopɔn no mporo no mfiri ne fie ne n’agyapadeɛ mu saa ara; wɔmporo no saa ara mma biribiara mmɔ no.” Ɛnna asafo no nyinaa gyee so sɛ: “Amen!”* Na wɔyii Yehowa ayɛ. Na ɔman no dii wɔn bɔhyɛ so.

14 Afei nso, ɛfiri da a ɔhene yɛɛ me amrado+ wɔ Yuda asaase so, Ɔhene Artasasta+ ahennie afe a ɛtɔ so 20+ kɔsi n’afe a ɛtɔ so 32+ no, mfirinhyia 12 nie, me ne me nuanom nyinaa, obiara annye aduane a wɔde ma amradofoɔ no.+ 15 Amradofoɔ a wɔdii m’anim no deɛ, wɔde nnesoa a emu yɛ duru soaa ɔman no, na da biara na wɔgye dwetɛ nnwetɛbena* 40 de tɔ aduane ne nsã.* Wɔn asomfoɔ nso hyɛɛ ɔman no so. Nanso me deɛ, Onyankopɔn a mesuro no nti,+ manyɛ saa.+

16 Afei ɔfasuo yi ho adwuma no, mesɔɔ mu bi; m’asomfoɔ nso, wɔn nyinaa boaboaa wɔn ho ano wɔ hɔ maa adwuma no, na yɛannye asaase biara.+ 17 Berɛ a Yudafoɔ ne asoafoɔ 150, ne nnipa a wɔfiri amanaman no mu baa yɛn nkyɛn no, me pono so na wɔdidiiɛ. 18 Da biara na mema wɔsiesie nantwinini baako, nnwan nsia a wɔadɔre sradeɛ, ne ntakraboa ma me.* Dadu biara nso, na mema wɔde nsã* ahodoɔ ahodoɔ ba. Na mammisa aduane kyɛfa a wɔde ma amradofoɔ no, ɛfiri sɛ na adwuma a ɛda ɔman yi so no mu yɛ duru. 19 O me Nyankopɔn, deɛ mayɛ ama ɔman yi nti, kae me na wo ne me nni no yie.+

6 Wɔka kyerɛɛ Sanbalat, Tobia,+ ne Arabiani+ Gesem ne yɛn atamfo a aka no sɛ masan ato ɔfasuo no+ na masisi ntokuro no nyinaa (nanso ɛde bɛsi saa berɛ no na mensisii ɛho apono).+ Berɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn no, 2 ntɛm ara na Sanbalat ne Gesem soma bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Bra ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ nhyia wɔ nkuraa no bi ase wɔ Ono Asaasetraa+ no so.” Nanso na wɔrebɔ pɔ adi me bɔne. 3 Ɛnna metuu abɔfoɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adwuma a mereyɛ no so, enti merentumi mma. Ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ megyae ba mo nkyɛn ma adwuma no ka?” 4 Wɔsoma bɛkaa asɛm korɔ no ara kyerɛɛ me mprɛ nnan, na wɔba biara a, deɛ meka ara na meka.

5 Afei Sanbalat de asɛm korɔ no ara somaa ne somfoɔ baa me nkyɛn ne mprɛ nnum so, na na ɔkura krataa bi a ano da hɔ. 6 Krataa no mu nsɛm nie: “Nkurɔfoɔ rekeka wɔ amanaman no mu, na Gesem+ nso reka bi sɛ wo ne Yudafoɔ no pɛ sɛ mote atua.+ Ɛno nti na moreto ɔfasuo no; deɛ wɔrekeka no kyerɛ sɛ wobɛdi wɔn so hene. 7 Woayiyi adiyifoɔ nso sɛ wɔmpae mu nka wo ho asɛm wɔ Yerusalem nyinaa sɛ, ‘Yuda anya ɔhene!’ Na saa nsɛm no, ɔhene bɛte. Enti bra ma yɛntu ho agyina.”

8 Nanso mesoma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsɛm a woreka yi biara nnim; wo ara na woabɔ wo tirim reka.”* 9 Ná wɔn nyinaa pɛ sɛ ehu ka yɛn, na wɔkekaa sɛ: “Wɔn nsam bɛgo ama adwuma no aka.”+ Enti mebɔɔ mpaeɛ sɛ Onyankopɔn nhyɛ me nsam den.+

10 Ɛnna mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie; saa berɛ no, na ɔmpue nkɔ baabiara. Ɔkaa sɛ: “Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ nhyia wɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie, wɔ asɔredan no mu, na yɛntoto apono no mu ɛfiri sɛ wɔreba abɛku wo; anadwo na wɔbɛba abɛku wo.” 11 Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima te sɛ me na mennwane? Na asɔredan no mu deɛ, hwan na ɔte sɛ me a ɔbɛwura mu anya ne tiri adidi mu?+ Merenwura mu!” 12 Mebɛhuu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na asoma no, na mmom Tobia ne Sanbalat+ na wɔbɔɔ no paa sɛ ɔnhyɛ nkɔm ntia me. 13 Wɔbɔɔ no paa sɛ ɔnyɛ mma ehu nka me na menyɛ bɔne na wɔanya me abɔ me dimmɔne na wɔagu m’anim ase.

14 O me Nyankopɔn, deɛ Tobia+ ne Sanbalat reyɛ yi, kae. Odiyifoɔbaa Noadia ne adiyifoɔ a aka a daa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ehu aka me no nso, kae wɔn.

15 Ɔfasuo no, wɔto wiee Elul* da a ɛtɔ so 25. Ɛgyee nnafua 52.

16 Berɛ a yɛn atamfo nyinaa teeɛ na aman a atwa yɛn ho ahyia nyinaa hunuiɛ no, wɔn ani wuu paa,*+ na wɔhuu sɛ yɛn Nyankopɔn na aboa yɛn ama yɛatumi awie adwuma yi. 17 Saa berɛ no, na Yuda atitire no+ twerɛtwerɛ nkrataa kɔma Tobia, na na Tobia nso twerɛ bi brɛ wɔn. 18 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na nnipa pii wɔ Yuda a wɔakɔ n’afã, ɛfiri sɛ na ɔyɛ Arah+ ba Sekania asebarima, na na ne ba Yehohanan nso ware Berekia ba Mesulam+ babaa. 19 Afei nso, na wɔtaa ka ne ho asɛmpa kyerɛ me, na deɛ mɛka biara nso na wɔakɔka akyerɛ no. Tobia twerɛtwerɛɛ nkrataa brɛɛ me sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ehu bɛka me.+

7 Berɛ a wɔsan too ɔfasuo no wieeɛ ara pɛ,+ mesisii apono no.+ Ɛnna yɛyiyii apono ano ahwɛfoɔ+ ne nnwontofoɔ+ ne Lewifoɔ.+ 2 Afei mede Yerusalem hyɛɛ Hanani+ a ɔyɛ me nua, ne Hanania, Abankɛseɛ+ mu panin no nsa, ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro nokorɛ Nyankopɔn no+ sene nnipa bebree. 3 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ motwɛn kɔsi awia ketee ansa na moabue Yerusalem apono no; wɔntoto apono no mu mmram akyire berɛ a wɔrewɛn no. Afei momma Yerusalemfoɔ nyɛ awɛmfoɔ; ebinom bɛgyina wɔn awɛneeɛ na ebinom nso agyina wɔn fie anim.” 4 Saa berɛ no, na kuro no trɛ na ɛso, na na emu nnipa yɛ kakraa bi.+ Ná wɔnsisii adan biara wom.

5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ m’akoma mu sɛ memmoaboa atitire ne asoafoɔ ne ɔmanfoɔ no ano mma wɔntwerɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ Ɛnna mehuu nwoma a wɔatwerɛ wɔn a wɔdii kan baeɛ no din wom sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; deɛ na wɔatwerɛ wom nie:

6 Nnipa a wɔfiri ɔmantam no mu a Babilon hene Nebukadnesar+ faa wɔn kɔeɛ no,+ weinom na akyire yi wɔsan baa Yerusalem ne Yuda maa obiara kɔɔ ne kurom;+ 7 wɔn na wɔne Serubabel,+ Yesua,+ Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, ne Baanah baeɛ.

Israel mmarima no dodoɔ nie:+ 8 Paros mma, 2,172; 9 Sefatia mma, 372; 10 Arah mma,+ 652; 11 Pahat-Moab mma+ Yesua ne Yoab fie,+ 2,818; 12 Elam mma,+ 1,254; 13 Satu mma, 845; 14 Sakai mma, 760; 15 Binui mma, 648; 16 Bebai mma, 628; 17 Asgad mma, 2,322; 18 Adonikam mma, 667; 19 Bigwai mma, 2,067; 20 Adin mma, 655; 21 Hesekia aseni Ater mma, 98; 22 Hasum mma, 328; 23 Bisai mma, 324; 24 Harif mma, 112; 25 Gibeon mma,+ 95; 26 Betlehem ne Netofa mmarima, 188; 27 Anatot+ mmarima, 128; 28 Bet-Asmawet mmarima, 42; 29 Kiriat-Yearim+ ne Kefira ne Beerot+ mmarima, 743; 30 Rama ne Geba+ mmarima, 621; 31 Mikmas+ mmarima, 122; 32 Betel+ ne Ai+ mmarima, 123; 33 Nebo foforɔ bi mmarima, 52; 34 Elam foforɔ bi mma, 1,254; 35 Harim mma, 320; 36 Yeriko mmarima, 345; 37 Lod ne Hadid ne Ono+ mmarima, 721; 38 Senaa mmarima, 3,930.

39 Asɔfoɔ no+ nie: Yedaia a ɔfiri Yesua fie mma, 973; 40 Imer mma, 1,052; 41 Pasur mma,+ 1,247; 42 Harim+ mma, 1,017.

43 Lewifoɔ no+ nie: Yesua mma, kyerɛ sɛ, Kadmiel asefoɔ+ a wɔfiri Hodewa mma mu, wɔyɛ 74. 44 Nnwontofoɔ no nie:+ Asaf+ mma, 148. 45 Apono ano ahwɛfoɔ no nie:+ Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub+ mma, Hatita mma, ne Sobai mma, 138.

46 Asɔrefie asomfoɔ* nie:+ Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, 47 Keros mma, Sia mma, Padon mma, 48 Lebana mma, Hagaba mma, Salmai mma, 49 Hanan mma, Gidel mma, Gahar mma, 50 Reaia mma, Resin mma, Nekoda mma, 51 Gasam mma, Usa mma, Pasea mma, 52 Besai mma, Meunim mma, Nefusesim mma, 53 Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, 54 Baslit mma, Mehida mma, Harsa mma, 55 Barkos mma, Sisera mma, Temah mma, 56 Nesia mma, ne Hatifa mma.

57 Solomon nkoa+ no mma nie: Sotai mma, Soferet mma, Perida mma, 58 Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma, 59 Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-Hasebaim mma, ne Amon mma. 60 Asɔrefie asomfoɔ*+ ne Solomon nkoa no mma nyinaa dodoɔ yɛ 392.

61 Weinom nso na wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon, ne Imer san baeɛ a wɔantumi ankyerɛ sɛ wɔyɛ Israelfoɔ anaa wɔnyɛ bi, ɛfiri sɛ wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fie ne mmusua a wɔfiri mu:+ 62 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma, 642. 63 Wɔn mu asɔfoɔ nie: Habaia mma, Hakos mma,+ Basilai mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mma mmaa no baako na ɔfaa wɔn din no. 64 Wɔn nyinaa hwehwɛɛ twerɛtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wɔfiri mu nanso wɔanhunu. Enti wɔbuu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.*+ 65 Amrado*+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdi ade kronkron paa no+ bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi bɛma Urim ne Tumim* akyerɛ.+

66 Nnipa no nyinaa dodoɔ si 42,360,+ 67 wɔn nkoa ne wɔn mfenaa+ nka ho; wɔn nso dodoɔ yɛ 7,337; afei nso, na wɔwɔ mmarima ne mmaa nnwontofoɔ 245.+ 68 Ná wɔn apɔnkɔ yɛ 736, na wɔn mfunumupɔnkɔ yɛ 245; 69 wɔn yoma, 435; wɔn mfunumu, 6,720.

70 Agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no binom de akyɛdeɛ bɛboaa adwuma no.+ Amrado* no ankasa de sika kɔkɔɔ drakma* 1,000, nkyɛnsee 50, ne asɔfotaadeɛ+ 530 bɛkaa akoradeɛ no ho. 71 Agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no bi nso de sika kɔkɔɔ drakma 20,000 ne dwetɛ mmɛnnaa* 2,200 bɛkaa akoradeɛ no ho sɛ wɔmfa mmoa adwuma no. 72 Na nneɛma a ɔmanfoɔ a aka no de maeɛ no yɛ sika kɔkɔɔ drakma 20,000, nnwetɛbena 2,000 ne asɔfotaadeɛ 67.

73 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ+ ne nnipa no mu binom ne asɔrefie asomfoɔ* ne Israelfoɔ a aka nyinaa* tenatenaa wɔn nkuro mu.+ Bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ no,+ na Israelfoɔ no akɔtenatena wɔn nkuro mu.+

8 Ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano wɔ abɔnten wɔ Nsuo Pono+ no anim. Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔtwerɛfoɔ* Esra+ sɛ ɔmfa Mose Mmara+ nwoma a Yehowa de maa Israel no+ mmra. 2 Enti bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no,+ ɔsɔfoɔ Esra de Mmara no baa badwa no anim.+ Saa berɛ no, na mmarima ne mmaa ne obiara a ɔte asɛm a ɔtumi te aseɛ ahyia. 3 Na ɔkenkan no den+ abɔnten wɔ Nsuo Pono no anim firi ahomakye kɔsii awia,* wɔ mmarima ne mmaa ne nnipa foforɔ a wɔtumi te nneɛma ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee+ Mmara nwoma no mu nsɛm. 4 Na ɔtwerɛfoɔ Esra gyinaa apa a wɔde nnua ayɛ ama nhyiamu no so; wɔn a na wɔgyinagyina ne nifa so ne Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia, ne Maaseia, na wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so ne Pedaia, Misael, Malkiya,+ Hasum, Has-Badana, Sakaria, ne Mesulam.

5 Esra buee nwoma no mu maa ɔman no nyinaa hunuiɛ, ɛfiri sɛ na ɔwɔ soro sene wɔn nyinaa. Berɛ a ɔbuee mu no, nnipa no nyinaa sɔresɔreeɛ. 6 Ɛnna Esra de ayeyie maa Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn no, Deɛ ɔyɛ kɛseɛ no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!* Amen!”+ Na wɔmemaa wɔn nsa so. Afei wɔkoto de wɔn anim butubutuu fam sɔree Yehowa. 7 Na Yesua, Bani, Serebia,+ Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad,+ Hanan, ne Pelaia, a wɔn nyinaa yɛ Lewifoɔ no, kyerɛkyerɛɛ Mmara no mu kyerɛɛ ɔman no.+ Saa berɛ no nyinaa na ɔman no gyinagyina hɔ. 8 Wɔtoaa so kenkan nokorɛ Nyankopɔn no Mmara nwoma no den, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu maa emu daa hɔ fann, na wɔboaa ɔman no maa wɔtee deɛ wɔrekenkan no ase.+

9 Nehemia a saa berɛ no na ɔyɛ amrado,* ne ɔsɔfoɔ Esra+ a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: “Ɛnnɛ yɛ da kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn.+ Monnni awerɛhoɔ, na monnsu.” Deɛ ɛteɛ ne sɛ, berɛ a ɔman no retie Mmara no mu nsɛm no, na wɔn nyinaa resu. 10 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔdi mo aduane papa bi* na monnom adɔkɔdɔkɔdeɛ, na momfa bi+ nkɔma wɔn a wɔnni bi, ɛfiri sɛ ɛnnɛ yɛ da kronkron ma yɛn Awurade. Enti mommma mo werɛ nnho, na Yehowa mu anigyeɛ ne mo abandenden.”* 11 Lewifoɔ no nso ka kyekyee nkurɔfoɔ no nyinaa werɛ sɛ: “Monnyae su! Ɛfiri sɛ ɛnnɛ yɛ da kronkron, enti mommma mo werɛ nnho.” 12 Ɛnna nkurɔfoɔ no nyinaa kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔkyekyɛɛ bi maa afoforɔ, na wɔdii ahurisie kɛse+ ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.+

13 Na da a ɛtɔ so mmienu no, agyanom mmusua mu mpanimfoɔ a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no boaboaa wɔn ho ano baa ɔtwerɛfoɔ Esra nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Mmara nsɛm no mu nteaseɛ a wɔanya no, wɔbɛnya bi aka ho. 14 Ɛnna wɔhuu sɛ wɔatwerɛ no Yehowa Mmara a ɔde faa Mose so no mu sɛ, sɛ Israelfoɔ redi bosome a ɛtɔ so nson no mu afahyɛ no a, wɔntenatena apata* ase,+ 15 na ɛsɛ sɛ wɔbɔ dawuro+ na wɔpae mu ka wɔ wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem baabiara sɛ: “Monkɔ mmepɔ no so nkɔpɛ ngodua mman, nku dua mman, ohwadua mman, ɛberɛ, ne nnua foforɔ mman mfa mmɛbɔ apata sɛdeɛ wɔatwerɛ no.”

16 Ɛnna ɔman no firii adi kɔpɛɛ bi baeɛ, na wɔde bobɔɔ apata, obiara bɔɔ ne deɛ wɔ ne dan atifi ne n’adihɔ ne nokorɛ Nyankopɔn no fie adihɔ+ ne mmɔnten so wɔ baabi a ɛbembɛn Nsuo Pono+ no ne Efraim Pono+ no. 17 Enti wɔn a wɔasan aba wɔn man mu no nyinaa bobɔɔ apata, na wɔtenatenaa apata no mu. Ɛfiri Nun ba Yosua+ nna no mu bɛsi saa da no, na Israelfoɔ nyɛɛ saa da, na ɛmaa wɔdii ahurisie kɛse.+ 18 Na ɛfiri da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtwa toɔ no, da biara na wɔkenkan nokorɛ Nyankopɔn no Mmara+ nwoma no; wɔdii afahyɛ no nnanson, na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ nhyiamu titire sɛdeɛ mmara no kyerɛ.+

9 Bosome yi da a ɛtɔ so 24 no, Israelfoɔ boaboaa wɔn ho ano; wɔfiraa awerɛhoɔ ntoma* yɛɛ akɔnkyene,* na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi.+ 2 Na wɔn a wɔyɛ Israelfoɔ ankasa no tee wɔn ho firii ananafoɔ no nyinaa ho,+ na wɔsɔre kaa wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne.+ 3 Afei wɔgyinagyinaa wɔn gyinabea na wɔde da no mu nnɔnhwere mmiɛnsa* kenkan Yehowa wɔn Nyankopɔn Mmara nwoma no+ den, na wɔde emu nnɔnhwere mmiɛnsa nso kaa wɔn bɔne; afei nso wɔkotoo Yehowa, wɔn Nyankopɔn anim.

4 Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia,+ Bani, ne Kenani sɔre gyinagyinaa bamma+ a wɔayɛ ama Lewifoɔ no so, na wɔde nne kɛseɛ teaam frɛɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn. 5 Na Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia a wɔyɛ Lewifoɔ no kaa sɛ: “Monsɔre na monyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ daa daa.*+ Ma wɔnkamfo wo din kɛseɛ a ɛboro ayeyie ne nkamfoɔ nyinaa so no.

6 “Wo nko ara ne Yehowa,+ na ɔsoro, ɔsoro mu soro ne emu asafodɔm nyinaa, asaase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wo na woyɛeɛ. Wo na wokora wɔn nyinaa so ma wɔtena ase; ɔsoro asafodɔm nyinaa nso koto wo. 7 Wone Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn no; wo na wopaw Abram+ na woyii no firii Kaldeafoɔ asaase Ur+ so, na wotoo ne din Abraham.+ 8 Wohuu sɛ n’akoma di mu wɔ w’anim;+ ɛno nti, wo ne no yɛɛ apam sɛ wode Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asaase bɛma ɔne n’asefoɔ,*+ na wotene nti, wodii wo bɔhyɛ so.

9 “Enti wohuu amanehunu a ɛtoo yɛn agyanom wɔ Egypt no,+ na wotiee wɔn sufrɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ de twee Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asaase so nyinaa aso,+ ɛfiri sɛ na wonim sɛ wɔadi wo nkurɔfoɔ so ahantansɛm.+ Wode gyee din, na atena hɔ abɛsi nnɛ.+ 11 Wopaee ɛpo no mu wɔ wɔn anim maa wɔfaa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfimfini kɔe;+ na wɔn a wɔtaa wɔn so no, wotoo wɔn guu ɛpo bunu no mu te sɛ ɛboɔ a wɔato ato nsuo a ano yɛ den mu.+ 12 Wonam mununkum dum so kyerɛɛ wɔn kwan awia, na anadwo nso wonam egya dum a ɛhyerɛn so kyerɛɛ wɔn kwan a wɔmfa so.+ 13 Wosiane baa Sinai Bepɔ+ so ne wɔn kasa firii soro,+ na wode w’atemmusɛm a ɛtene ne mmara a ɛyɛ nokorɛ* ne akwankyerɛ pa ne ahyɛdeɛ maa wɔn.+ 14 Womaa wɔhuu wo Homeda+ kronkron, na wonam w’akoa Mose so maa wɔn ahyɛdeɛ, akwankyerɛ, ne mmara. 15 Wode aduane firi soro maa wɔn de kum wɔn kɔm,+ na womaa wɔn nsuo firii ɔbotan mu de kum wɔn sukɔm,+ na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asaase a wokaa ntam* sɛ wode bɛma wɔn no.

16 “Nanso yɛn agyanom dii ahantansɛm;+ wɔyɛɛ asoɔden*+ na wɔantie w’ahyɛdeɛ. 17 Wɔantie,+ na wɔankae anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no. Mmom no, wɔyɛɛ asoɔden na wɔyii obi sɛ ɔnni wɔn anim nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt.+ Nanso woyɛ Onyankopɔn a woyi wo yam de bɔne kyɛ,* wowɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu, wo bo mfu ntɛm, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+ enti woampo wɔn.+ 18 Berɛ a wɔyɛɛ nantwie ba honi* na wɔkaa sɛ, ‘Wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt no+ nie,’ na wɔbuu wo animtia kɛseɛ no, 19 wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woannya wɔn wɔ serɛ no so.+ Mununkum dum no amfiri wɔn so awia; ɛkyerɛɛ wɔn kwan. Na egya dum a ɛhyerɛn no nso amfiri wɔn so anadwo; ɛkyerɛɛ wɔn kwan a wɔmfa so.+ 20 Wode wo honhom pa no maa wɔn na ama wɔayɛ mmadwemma,+ na wo mana nso woamfa ankame wɔn.*+ Womaa wɔn nsuo de kum wɔn sukɔm.+ 21 Womaa wɔn aduane mfirinhyia 40 wɔ serɛ no so.+ Hwee anhia wɔn. Wɔn ntaadeɛ antete,+ na wɔn nan ase nso antaatae.

22 “Wode ahennie ne aman maa wɔn maa wɔkyekyɛɛ mu de obiara deɛ maa no;+ wɔfaa Hesbon+ hene Sihon asaase+ ne Basan hene Og asaase.+ 23 Womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.+ Ɛnna wode wɔn baa asaase a wohyɛɛ bɔ sɛ wɔn agyanom nkɔfa no+ so. 24 Enti wɔn mma bɛfaa asaase no,+ na Kaananfoɔ a wɔte asaase no so no, womaa wɔdii wɔn so;+ wɔn ahemfo ne asaase no sofoɔ nyinaa, wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa maa wɔyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ. 25 Wɔdii nkuro a wɔabɔ ho ban+ ne asaase pa*+ so, na wɔnyaa afie a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu ma, mmura a wɔatu, bobe mfuo ne ngodua mfuo+ ne nnua pii a ɛso aba. Enti wɔdidi meeɛ, wɔyeyɛɛ akɛseɛ, wɔn ho tɔɔ wɔn, na wo papayɛ bebrebe nti, wɔnyaa asetena pa.

26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden na wɔtee wo so atua,+ na wo Mmara nso wɔpoeɛ.* W’adiyifoɔ a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, wɔkunkum wɔn, na wɔbuu wo animtia kɛse.+ 27 Wei nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa+ maa wɔn ho hiahiaa wɔn.+ Nanso sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wɔsu frɛ wo, na wo nso wofiri soro hɔ tie wɔn; na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woma wɔn agyefoɔ ma wɔgye wɔn firi wɔn atamfo nsam.+

28 “Na sɛ wɔn ho tɔ wɔn ara pɛ a, wɔsan yɛ w’ani so bɔne,+ na wo nso wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma wɔhyɛ wɔn so.*+ Ɛba saa a, wɔsan ba wo nkyɛn bɛsu frɛ wo,+ na wofiri soro hɔ tie wɔn. Berɛ biara a wɔbɛsan aba no, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, wogye wɔn.+ 29 Ɛyɛ a wobɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsan aba wo Mmara ho, nanso wɔdi ahantansɛm na wɔntie w’ahyɛdeɛ;+ na w’atemmusɛm nso, wɔbu so yɛ bɔne; ɛno nso na sɛ obi di so a, ɔnam so nya nkwa.+ Wɔantie, na mmom wɔyɛɛ asoɔden sensenee wɔn kɔn. 30 Wonyaa wɔn ho aboterɛ+ mfeɛ pii na wonam wo honhom ne w’adiyifoɔ so bɔɔ wɔn kɔkɔ, nanso wɔantie. Ɛduruu baabi no, wode wɔn hyɛɛ asaase no so aman nsa.+ 31 Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woanto wɔn antwene, ɛfiri sɛ woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+

32 “Afei, O yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn a woyɛ kɛseɛ, otumfoɔ a wo ho yɛ hu, wodi w’apam so, na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi,+ amanehunu a aba yɛne yɛn ahemfo, yɛn mpanimfoɔ,+ yɛn asɔfoɔ,+ yɛn adiyifoɔ,+ yɛn agyanom, ne wo nkoa nyinaa so firi Asiria ahemfo+ berɛ so bɛsi nnɛ yi, mma no nnyɛ ade ketewa wɔ w’ani so. 33 Deɛ aba yɛn so nyinaa mu no, wodi bem ɛfiri sɛ woadi nokorɛ wɔ wo nneyɛɛ mu; yɛn na yɛayɛ bɔne.+ 34 Na yɛn ahemfo, yɛn mpanimfoɔ, yɛn asɔfoɔ, ne yɛn agyanom deɛ, wɔanni wo Mmara so, na wɔantie w’ahyɛdeɛ ne wo nkaesɛm* a wode bɔɔ wɔn kɔkɔ no. 35 Berɛ mpo a wɔn ahennie rekɔ so a womaa wɔn nneɛma pa pii ne asaase pa* a ɛtrɛ no, wɔn deɛ, wɔansom wo+ na wɔantwe wɔn ho amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne ho. 36 Hwɛ! Yɛn na ɛnnɛ yɛayɛ nkoa yi!+ Yɛayɛ nkoa wɔ asaase a wode maa yɛn agyanom sɛ wɔnni so aba ne emu nneɛma pa no so. 37 Yɛn bɔne nti nnɔbaeɛ pii a ɛso no, ahemfo a wode wɔn asisi yɛn so no hɔ na ɛkɔ.+ Wɔredi yɛn nipadua ne yɛn nyɛmmoa so sɛdeɛ wɔpɛ; yɛakɔ ahohia kɛseɛ mu.

38 “Wei nyinaa nti, yɛreyɛ apam a ɛdi mu;+ yɛretwerɛ na yɛama yɛn mpanimfoɔ, Lewifoɔ, ne yɛn asɔfoɔ nso de wɔn ahyɛnsodeɛ atintim so.”+

10 Wɔn a wɔde wɔn ahyɛnsodeɛ tintim so+ no nie:

Hakalia ba Amrado* Nehemia;

Ɛnna Sedekia, 2 Seraia, Asaria, Yeremia, 3 Pasur, Amaria, Malkiya, 4 Hatus, Sebania, Maluk, 5 Harim,+ Meremot, Obadia, 6 Daniel,+ Gineton, Baruk, 7 Mesulam, Abia, Miyamin, 8 Maasia, Bilgai ne Semaia; wɔn ne asɔfoɔ no.

9 Lewifoɔ nso nie: Asania ba Yesua, Binui a ɔfiri Henadad mma mu, ne Kadmiel;+ 10 wɔne wɔn nuanom Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, 11 Mika, Rehob, Hasabia, 12 Sakur, Serebia,+ Sebania, 13 Hodia, Bani ne Beninu.

14 Ɔman no mu atitire nie: Paros, Pahat-Moab,+ Elam, Satu, Bani, 15 Buni, Asgad, Bebai, 16 Adoniya, Bigwai, Adin, 17 Ater, Hesekia, Asor, 18 Hodia, Hasum, Bisai, 19 Harif, Anatot, Nebai, 20 Magpias, Mesulam, Hesir, 21 Mesesabel, Sadok, Yadua, 22 Pelatia, Hanan, Anaia, 23 Hosea, Hanania, Hasub, 24 Halohes, Pilha, Sobek, 25 Rehum, Hasabna, Maaseia, 26 Ahiya, Hanan, Anan, 27 Maluk, Harim, ne Baanah.

28 Na ɔman no mufoɔ a aka, kyerɛ sɛ, asɔfoɔ, Lewifoɔ, apono ano ahwɛfoɔ, nnwontofoɔ, asɔrefie asomfoɔ* ne obiara a watwe ne ho afiri asaase no sofoɔ ho abɛdi nokorɛ Nyankopɔn no Mmara no so,+ wɔn yerenom, wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa, ne obiara a ɔwɔ nimdeɛ ne nteaseɛ no,* 29 wɔn nyinaa kɔkaa wɔn nuanom atitire no ho, na wɔdii nse kaa ntam sɛ wɔbɛnante nokorɛ Nyankopɔn no Mmara a ɔnam nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose so de maa wɔn no mu, na wɔbɛdi so pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ yɛn Awurade Yehowa mmara nsɛm ne n’atemmusɛm ne n’ahyɛdeɛ nyinaa teɛ. 30 Wɔkaa ntam sɛ: “Yɛremfa yɛn mma mmaa mma asaase no sofoɔ, na wɔn mma mmaa nso, yɛrennye wɔn awareɛ mma yɛn mma mmarima.+

31 “Sɛ asaase no sofoɔ de nneɛma ne nnuane ahodoɔ nyinaa bi ba bɛtontɔn no Homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ hwee Homeda+ anaa da kronkron bi.+ Afe a ɛtɔ so nson+ no nso, yɛbɛgyaa asaase no ato hɔ, na sɛ obi de yɛn ka a, yɛde bɛkyɛ no.+

32 “Afei nso, yɛbɛhyɛ mmara ama yɛn ho sɛ afe biara yɛn mu biara de dwetɛbena* nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛba abɛboa yɛn Nyankopɔn fie* som adwuma,+ 33 na wɔde adi nneɛma yi ho dwuma: paanoo a wɔde taataa so,*+ daa aduane afɔreɛ,+ daa ɔhyeɛ afɔreɛ a Homeda biara,+ bosome foforɔ biara,+ ne afahyɛ ahodoɔ+ duru so a wɔbɔ, nneɛma kronkron ne bɔne ho afɔreɛ+ a wɔbɔ de pata ma Israel ne adwuma biara a wɔyɛ no yɛn Nyankopɔn fie.

34 “Afei yɛbɛbɔ yɛn agyanom abusuafie so ntonto de ahu asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔmanfoɔ a afe biara sɛ berɛ no so a, wɔde anyina bɛba yɛn Nyankopɔn fie, na wɔde asɔ gya wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia so sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mmara no mu no.+ 35 Afei nso, yɛde yɛn nsaase so nnɔbaeɛ a ɛdi kan ne nnua ahodoɔ nyinaa aba a ɛdi kan bɛba Yehowa fie afe afe;+ 36 yɛn mmakan ne yɛn nyɛmmoa mmakan+ ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan nso, yɛde bɛba sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mmara no mu no; yɛde bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔresom wɔ yɛn Nyankopɔn fie no.+ 37 Afei yɛde yɛn aba a ɛdi kan mu esiam+ ne yɛn akyɛdeɛ ne nnua ahodoɔ nyinaa so aba,+ bobesa foforɔ ne ngo+ nso bɛbrɛ asɔfoɔ no wɔ yɛn Nyankopɔn fie adekora adan* mu,+ na yɛde yɛn nsaase so nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du* bɛbrɛ Lewifoɔ no; Lewifoɔ no na wɔgye nkuro a yɛyɛ kuadwuma wom nyinaa so ntotosoɔ du du.+

38 “Na ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifoɔ no ho berɛ a Lewifoɔ no regyegye ntotosoɔ du du no, na Lewifoɔ no nso de ntotosoɔ du du no so ntotosoɔ du du bɛba yɛn Nyankopɔn fie+ na wɔde agu adekoradan mpia* no mu. 39 Na adekora adan* no mu na Israelfoɔ ne Lewi mma de aduane afɔreɛ ne nsã foforɔ ne ngo no bɛba,+ na ɛhɔ na tenabea kronkron hɔ nneɛma ne asɔfoɔ a wɔsom ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no wɔ. Yɛremmu yɛn ani ngu yɛn Nyankopɔn fie so.”+

11 Ɔman no mu mpanimfoɔ no tenatenaa Yerusalem;+ na ɔman no mufoɔ a aka no, wɔbɔɔ ntonto+ de yii edu biara mu baako sɛ ɔntena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na nkron a aka no deɛ, wɔtenatenaa nkuro a aka no mu. 2 Afei nso, mmarima bi firii wɔn pɛ mu tenaa Yerusalem, na ɔman no hyiraa wɔn nyinaa.

3 Weinom ne ɔmantam no mu atitire a wɔtenaa Yerusalem. (Israelfoɔ a aka no, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ ne asɔrefie asomfoɔ*+ ne Solomon nkoa+ no mma no deɛ, wɔtenatenaa Yuda nkuro a aka mu; obiara tenaa ɔno ara n’asaase so wɔ ne kurom.+

4 Na Yuda ne Benyamin asefoɔ bi nso tenaa Yerusalem.) Yudafoɔ mu no, Ataia, Usia ba, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel a ɔfiri Peres mma mu no ba;+ 5 Maaseia, Baruk ba, Kolhosen ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria a ɔfiri Sela abusua mu ba. 6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ mmarima akantinka 468.

7 Weinom ne Benyamin asefoɔ no: Salu,+ Mesulam ba, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesia ba; 8 n’akyi no, Gabai ne Salai; wɔn nyinaa dodoɔ si 928,  9 na Sikri ba Yoel na na ɔyɛ wɔn so hwɛfoɔ, na Hasenua ba Yuda na na ɔyɛ kuro so hwɛfoɔ abadiakyire.

10 Wɔn mu asɔfoɔ no nie: Yedaia a ɔyɛ Yoiarib ba, ne Yakin,+ 11 ne Seraia, Hilkia ba, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitab ba;+ ná Ahitab yɛ ɔpanin wɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie* hɔ; 12 wɔne wɔn nuanom, efie no mu adwumayɛfoɔ no dodoɔ si 822; Adaia, Yeroham ba, Pelalia ba, Amsi ba, Sakaria ba, Pasur ba,+ Malkiya ba; 13 ɔne ne nuanom a wɔyɛ agyanom mmusua mu mpanimfoɔ, wɔn dodoɔ si 242; Amassai, Asarel ba, Ahsai ba, Mesilemot ba, Imer ba; 14 wɔne wɔn nua mmarima akantinka; wɔn dodoɔ si 128; na wɔn so hwɛfoɔ ne Sabdiel a ɔfiri abusua bi a ɛwɔ animuonyam mu.

15 Wɔn mu Lewifoɔ nie: Semaia+ a ɔyɛ Hasub ba, Asrikam ba, Hasabia ba, Buni ba, 16 ne Sabetai+ ne Yosabad+ a wɔyɛ Lewifoɔ mu atitire no, nokorɛ Nyankopɔn no fie nnwuma a wɔyɛ wɔ abɔnten no so ahwɛfoɔ; 17 ɛnna Matania+ a ɔyɛ Mika ba, Sabdi ba, Asaf ba;+ ɔno na na ɔdi nnwontoɔ anim na ɔfiri aseda dwom ase wɔ mpaebɔ mu;+ wɔn a wɔka wɔn ho ne Bakbukia, ɔpanin a ɔtɔ so mmienu wɔ ne nuanom mu, ne Abda, Sammua ba, Galal ba, Yedutan+ ba. 18 Lewifoɔ a na wɔtete kuro kronkron no mu nyinaa dodoɔ si 284.

19 Apono ano ahwɛfoɔ no ne Akub ne Talmon+ ne wɔn nuanom a na wɔwɛn apono ano no, wɔn dodoɔ si 172.

20 Israelfoɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a aka no deɛ, na wɔtete Yuda nkuro a aka no mu, na na obiara wɔ n’asaase* so. 21 Asɔrefie asomfoɔ*+ no nso, na wɔtete Ofel;+ Siha ne Gispa na na wɔda asɔrefie asomfoɔ* no ano.

22 Deɛ na ɔda Lewifoɔ ano wɔ Yerusalem ne Usi a ɔyɛ Bani ba; ná ɔyɛ Hasabia ba, ɔno nso yɛ Matania+ ba, na ɔno nso yɛ Mika a ɔfiri Asaf asefoɔ nnwontofoɔ mu no ba; adwuma a na wɔyɛ no nokorɛ Nyankopɔn no fie no, Usi na na ɔhwɛ so. 23 Ɔhene no hyɛɛ mmara+ maa wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔmma nnwontofoɔ no deɛ wɔbɛhia da biara da. 24 Ná Mesesabel a ɔfiri Yuda ba Sera mma mu no ba Petahia yɛ ɔhene fotufoɔ* wɔ ɔman no nsɛm nyinaa mu.

25 Nkuro ne ɛho nsaase a Yuda asefoɔ no bi tenatenaa mu ne Kiriat-Arba+ ne ɛho nkuro,* Dibon ne ɛho nkuro, Yekabseel+ ne ɛho nkuraa, 26 Yesua, Molada,+ Bet-Pelet,+ 27 Hasar-Sual+ ne Beer-Seba ne ɛho nkuro,* 28 Siklag+ ne Mekona ne ɛho nkuro,* 29 En-Rimon,+ Sora,+ Yamut, 30 Sanoa+ ne Adulam ne ɛho nkuraa, Lakis+ ne ɛho nsaase, ne Aseka+ ne ɛho nkuro.* Na wɔtenatenaa Beer-Seba kɔsii Hinom Bɔn mu.+

31 Ná Benyamin asefoɔ no wɔ Geba,+ Mikmas, Aiya ne Betel+ ne ɛho nkuro* mu, 32 Anatot,+ Nob,+ Anania, 33 Hasor, Rama,+ Gitaim, 34 Hadid, Seboim, Nebalat, 35 Lod ne Ono,+ adwumfoɔ bɔn no mu. 36 Lewifoɔ mu no, wɔmaa kuo bi a wɔwɔ Yuda asaase so kɔɔ Benyamin asaase so.

12 Weinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel ba+ Serubabel+ ne Yesua+ kɔeɛ no: Seraia, Yeremia, Esra, 2 Amaria, Maluk, Hatus, 3 Sekania, Rehum, Meremot, 4 Ido, Ginetoi, Abia, 5 Miyamin, Maadia, Bilga, 6 Semaia, Yoiarib, Yedaia, 7 Salu, Amok, Hilkia, ne Yedaia. Weinom ne asɔfoɔ no mu atitire* ne wɔn nuanom, Yesua berɛ so.

8 Lewifoɔ no ne Yesua, Binui, Kadmiel,+ Serebia, Yuda ne Matania+ ne ne nuanom a wɔdii aseda nnwom anim no. 9 Ná wɔn nuanom Bakbukia ne Uni ne wɔn di nhwɛanimu wɔ awɛmfoɔ adwuma mu. 10 Yesua na ɔwoo Yoiakim, na Yoiakim woo Eliasib,+ na Eliasib nso woo Yoiada.+ 11 Yoiada woo Yonatan, na Yonatan nso woo Yadua.

12 Yoiakim berɛ so no, asɔfoɔ a na wɔyɛ agyanom mmusua mu mpanimfoɔ nie: Seraia+ abusua mu, Meraia; Yeremia abusua mu, Hanania; 13 Esra+ abusua mu, Mesulam; Amaria abusua mu, Yehohanan; 14 Maluki abusua mu, Yonatan; Sebania abusua mu, Yosef; 15 Harim+ abusua mu, Adna; Meraiot abusua mu, Helkai; 16 Ido abusua mu, Sakaria; Gineton abusua mu, Mesulam; 17 Abia+ abusua mu, Sikri; Miniamin abusua mu, . . . ;* Moadia abusua mu, Piltai; 18 Bilga+ abusua mu, Sammua; Semaia abusua mu, Yehonatan; 19 Yoiarib abusua mu, Matenai; Yedaia+ abusua mu, Usi; 20 Salai abusua mu, Kalai; Amok abusua mu, Eber; 21 Hilkia abusua mu, Hasabia; Yedaia abusua mu, Netanel.

22 Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua+ berɛ so no, wɔtwerɛɛ Lewifoɔ agyanom mmusua mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ no din de bɛsii Persiani Dario ahennie so.

23 Wɔtwerɛɛ Lewifoɔ a na wɔyɛ agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no din wɔ abakɔsɛm nwoma mu de bɛsii Eliasib ba Yohanan so. 24 Lewifoɔ mu atitire no ne Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba+ Yesua,+ na wɔne wɔn nuanom dii nhwɛanimu too ayeyie ne aseda dwom sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa Dawid akwankyerɛ teɛ no;+ awɛmfoɔ kuo baako gyina ɛfã ha, ɛnna awɛmfoɔ kuo baako nso gyina ɛfã nohoa. 25 Ná Matania+ ne Bakbukia, Obadia, Mesulam, Talmon, ne Akub+ yɛ apono ano ahwɛfoɔ;+ wɔn na na wɔwɛn adekora adan a ɛbɛn asɔrefie pono no. 26 Yosadak ba Yesua+ ba Yoiakim berɛ so ne Amrado Nehemia ne ɔsɔfoɔ Esra+ a ɔsan yɛ ɔtwerɛfoɔ* no berɛ so no, weinom na na wɔwɔ hɔ.

27 Berɛ a wɔrehyira Yerusalem afasuo no so no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no wɔ wɔn tenabea nyinaa de wɔn baa Yerusalem maa wɔde aseda ne nnwontoɔ,+ ne nnawuro* ne asankuo ahodoɔ bɛdii ahurisie hyiraa so. 28 Ɛnna nnwontofoɔ mma* no boaboaa wɔn ho ano wɔ ɔmantam* no mu firii Yerusalem ho nkuro nyinaa mu ne Netofa nkuraaseɛ,+ 29 ne Bet-Gilgal+ ne Geba ne Asmawet nsaase so,+ ɛfiri sɛ na nnwontofoɔ no akyekyere nkuraa atwa Yerusalem ho ahyia. 30 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔdwiraa ɔman no+ ne kuro apono+ ne ɔfasuo no nso ho.+

31 Afei mede Yuda mpanimfoɔ no baa ɔfasuo no so. Ɛnna mehyehyɛɛ nnwontofoɔ akuo akɛseɛ mmienu a wɔto aseda nnwom ne nnipadɔm a wɔdi wɔn akyi; kuo baako de wɔn ani kyerɛɛ nifa so wɔ ɔfasuo no so kɔɔ Sumina Pono no ano.+ 32 Hosaia ne Yuda mpanimfoɔ no fã dii wɔn akyi. 33 Wɔn a na wɔka wɔn ho nie: Asaria, Esra, Mesulam, 34 Yuda, Benyamin, Semaia, ne Yeremia. 35 Asɔfoɔ no mma mu nso, wɔn a na wɔkurakura ntotorobɛnto ka wɔn ho+ ne Sakaria a ɔyɛ Yonatan ba, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba;+ 36 ɔne ne nuanom Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda, ne Hanani; wɔn na na wɔkurakura nokorɛ Nyankopɔn nipa Dawid nnwontoɔ nneɛma no;+ ná ɔtwerɛfoɔ Esra+ di wɔn anim. 37 Wɔfiri Nsuo Aniwa Pono no ho+ kɔɔ tẽẽ kɔfaa ɔfasuo no fã a ɛwɔ soro wɔ Dawid Fie atifi hɔ no, na wɔtraa Dawid Kuro+ Stɛps no+ kɔsii Nsuo Pono no+ apueeɛ.

38 Nnwontofoɔ kuo a wɔto aseda nnwom no, baako a aka no nso de wɔn ani kyerɛɛ ɛfã nohoa,* na me ne ɔman no fã dii wɔn akyi faa ɔfasuo no so kɔfaa Fononoo Abantenten no atifi+ kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛɛ no so,+ 39 na wɔkɔfaa Efraim Pono+ no atifi ne Kuro Dada Pono,+ Mpataa Pono,+ Hananel Abantenten,+ ne Mea Abantenten no so kɔɔ Nnwan Pono+ no so, na wɔkɔgyinagyinaa Ɔwɛmfoɔ Pono no ano.

40 Afei nnwontofoɔ akuo mmienu a wɔto aseda dwom no bɛgyinagyinaa nokorɛ Nyankopɔn no fie no anim, na me nso mebaa hɔ; me ne asoafoɔ no fã, 41 ne asɔfoɔ Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, ne Hanania a wɔkurakura ntotorobɛnto no; 42 ɛne Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkiya, Elam ne Eser. Nnwontofoɔ a Yesrahia da wɔn ano no too nnwom dendeenden.

43 Saa da no, wɔbɔɔ afɔreɛ bebree na wɔdii ahurisie+ ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no maa wɔn ani gyee kɛse. Mmaa ne mmɔfra no nso dii ahurisie+ maa wɔtee Yerusalem ahurisidie no wɔ akyirikyiri.+

44 Ɛda no wɔde mmarima sisii adekora adan+ no so sɛ wɔmfa afɔrebɔdeɛ+ ne nnɔbaeɛ a ɛdi kan+ ne ntotosoɔ du du*+ nkɔgu hɔ. Asɔfoɔ ne Lewifoɔ+ no kyɛfa a Mmara kyerɛ no,+ na wɔbɛgyegye afiri nkuro no mfuo mu akɔgu hɔ. Asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔresom no nti, Yudafoɔ no dii ahurisie. 45 Wɔhwɛ yɛɛ adwuma a wɔn Nyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no na wɔyɛɛ ahodwira ho asɛdeɛ no nso; nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no nso yɛɛ sɛdeɛ Dawid ne ne ba Solomon kaeɛ no. 46 Dawid ne Asaf mmerɛ so tɔnn no, na wɔwɔ nnipa a wɔdeda nnwontofoɔ ano ma wɔto ayeyie ne aseda nnwom ma Onyankopɔn.+ 47 Serubabel+ berɛ so ne Nehemia berɛ so no, Israel nyinaa de nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ kyɛfa maa wɔn sɛdeɛ wɔbɛhia no da biara.+ Wɔboaboaa Lewifoɔ no nso kyɛfa ano maa wɔn,+ ɛnna Lewifoɔ no nso boaboaa Aaron mma no kyɛfa ano maa wɔn.

13 Saa da no, wɔkenkan Mose nwoma no maa ɔman no teeɛ;+ na wɔhuu sɛ wɔatwerɛ wom sɛ ɛnsɛ sɛ Ammonfoɔ ne Moabfoɔ+ ba nokorɛ Nyankopɔn no asafo mu da,+ 2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane* ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ no; mmom, wɔkɔbɔɔ Baalam paa sɛ ɔnnome wɔn.+ Nanso yɛn Nyankopɔn maa nnome no danee nhyira.+ 3 Berɛ a wɔtee Mmara no ara pɛ, wɔfirii aseɛ yiyii ananafoɔ* nyinaa firii Israelfoɔ no mu.+

4 Ansa na wɔreyɛ wei no, na Eliasib+ a ne busuani ne Tobia+ no na ɔyɛ ɔsɔfoɔ a ɔhwɛ yɛn Nyankopɔn fie adekora adan* no so.+ 5 Ɔsiesiee adekoradan* kɛseɛ bi maa no; ɛhɔ na kane no na wɔde aduane afɔreɛ, ɛhyɛ,* ne nneɛma foforɔ gu; ɛhɔ nso na aduane ne bobesa foforɔ ne ngo+ so ntotosoɔ du du* a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ,+ nnwontofoɔ, ne apono ano ahwɛfoɔ no wɔ; ná asɔfoɔ no kyɛfa nso ka ho.+

6 Saa berɛ no nyinaa na menni Yerusalem, ɛfiri sɛ Babilon hene Artasasta+ ahennie afe a ɛtɔ so 32 mu no,+ mekɔɔ ɔhene nkyɛn; akyire yi, mesrɛɛ kwan firii ɔhene nkyɛn sɛ mepɛ sɛ metu kwan kakra. 7 Afei mebaa Yerusalem, na mebɛhunuu adebɔne a Eliasib+ ayɛ. Ná wasiesie adekoradan bi ama Tobia+ wɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie no adihɔ. 8 Ɛyɛɛ me ya paa, enti meyiyii Tobia dan mu nneɛma nyinaa firii adekoradan no mu* to guu abɔnten. 9 Mewieeɛ no, meka maa wɔtee adekora adan* no nyinaa ho, na mesan de nokorɛ Nyankopɔn no fie nneɛma+ ne aduane afɔreɛ ne ɛhyɛ*+ no guu hɔ.

10 Mebɛhunuu nso sɛ na wɔmfa Lewifoɔ+ no kyɛfa mma wɔn+ ma enti Lewifoɔ ne nnwontofoɔ a na wɔyɛ adwuma no adwanedwane kɔ; obiara kɔ n’asaase so.+ 11 Ɛnna m’ani beree asoafoɔ no so,+ na mebisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn nti na moabu mo ani agu nokorɛ Nyankopɔn no fie so?”+ Afei meboaboaa wɔn ano de wɔn gyinagyinaa wɔn gyinabea bio. 12 Na Yuda nyinaa de hwiit* ne bobesa foforɔ ne ngo so ntotosoɔ du du+ baa adekora adan no mu.+ 13 Afei mede adekora adan no hyɛɛ ɔsɔfoɔ Selemia, ɔtwerɛfoɔ* Sadok, ne Pedaia a ɔyɛ Lewini no nsa, ɛfiri sɛ na wɔbu mmarima yi anokwafoɔ; Matania ba Sakur ba Hanan na na ɔboa wɔn. Ná wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛkyekyɛ wɔn nuanom kyɛfa ama wɔn.

14 O me Nyankopɔn, kae me+ wɔ wei ho, na mma wo werɛ mmfi ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a me Nyankopɔn fie ne ɛho nnwuma nti mada no adi no.+

15 Saa berɛ no, mehuu sɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yuda reyɛ bobesa* Homeda,+ na na wɔakyekyere hwiit asoasoa mfunumu a wɔde reba. Ná wɔde nsã, bobe, borɔdɔma, ne nnesoa ahodoɔ nyinaa bi reba Yerusalem Homeda;+ na mebɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ saa da a na wɔde tɔn nneɛma no ho.* 16 Ná Tirofoɔ a wɔte kuro no mu no de mpataa ne adwadeɛ ahodoɔ nyinaa bi ba bɛtɔn no Homeda+ ma nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem. 17 Enti m’ani beree Yuda mpanimfoɔ no so, na mebisaa wɔn sɛ: “Adebɔne bɛn na moreyɛ yi? Moagu Homeda no ho fĩ! 18 Ɛnyɛ wei ara na mo agyanom yɛeɛ a yɛn Nyankopɔn de mmusuo yi nyinaa baa yɛne kuro yi so? Afei hwɛ, moda so ara regu Homeda no ho fĩ+ ama abufuhyeɛ no ayɛ kɛse wɔ Israel so.”

19 Enti berɛ a Homeda reyɛ aduru a esum reba wɔ Yerusalem kuro apono ano no, mekaa sɛ wɔntoto apono no mu. Mesan kaa sɛ mma wɔmmmuebue, gye sɛ Homeda no atwam ansa; na mede me ara m’asomfoɔ no bi gyinagyinaa apono no ano na obiara amfa adesoa biara amma mu Homeda. 20 Ɛno nti adwadifoɔ ne adetɔnfoɔ a wɔtɔn adwadeɛ ahodoɔ nyinaa bi no bɛdaa Yerusalem apono no akyi prɛko ne ne mprenu so. 21 Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ kaa sɛ: “Adɛn nti na modeda ɔfasuo no akyi? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛyɛ mo adeɛ.” Ɛfiri saa berɛ no, wɔamma hɔ Homeda bio.

22 Na meka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔnnwira wɔn ho daa, na wɔmmra mmɛwɛn apono no na wɔnyɛ Homeda no kronkron.+ Wei mu nso, O me Nyankopɔn, kae me, na hu me mmɔbɔ sɛdeɛ wo dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ no teɛ.+

23 Saa berɛ no, mebɛhunuu nso sɛ Yudafoɔ no bi awareware Asdodfoɔ+ ne Ammonfoɔ ne Moabfoɔ+ mmaa.+ 24 Wɔn mma no nso, na wɔn mu fã ka Asdodfoɔ kasa, na na wɔn mu fã ka aman foforɔ so kasa; wɔn mu biara nni hɔ a na ɔtumi ka Yudafoɔ kasa. 25 Enti m’ani beree wɔn so, na medomee wɔn, na mmarima no bi nso mebobɔɔ wɔn;+ metutuu wɔn nwi na memaa wɔkaa Onyankopɔn ntam, na mekaa sɛ: “Mommma mo mma mmaa nnware wɔn mma mmarima, na wɔn mma mmaa nso monnnye wɔn awareɛ mmma mo mma mmarima, na mo ara mo nso monnware wɔn.+ 26 Ɛnyɛ saa nneɛma yi ara na ɛmaa Israel hene Solomon yɛɛ bɔne? Ná ɔhene biara nte sɛ ɔno+ amanaman no mu; ne Nyankopɔn dɔɔ no,+ ma enti Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene. Ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne.+ 27 Enti ɛyɛ nwanwa paa sɛ moawareware aman foforɔ so mmaa de ayɛ bɔne kɛseɛ yi de ato yɛn Nyankopɔn mmara.”+

28 Ná ɔsɔfo panin Eliasib+ ba Yoiada mma no mu baako+ abɛyɛ Sanbalat+ a ɔfiri Horon no asebarima. Enti mepamoo no.

29 O me Nyankopɔn, mfa wɔn ho nkyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔagu asɔfodie ne asɔfodie apam+ ne Lewifoɔ+ no ho fĩ.

30 Na medwiraa* wɔn ho firii amanaman mufoɔ nneɛma a wɔde guu wɔn ho fĩ no ho, na mede asɔfoɔ ne Lewifoɔ no sisii wɔn nnwuma so, obiara ne n’adwuma;+ 31 anyina ne aba a ɛdi kan nso, meyɛɛ nhyehyɛeɛ maa wɔde baa+ wɔ ne berɛ mu.

O me Nyankopɔn, kae me ma no nsi me yie.+

Ɛkyerɛ, “Yah Yɛ Ɔwerɛkyekyefoɔ.”

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “medii mmuada.”

Anaa “wode yɛɛ kɔkɔbɔ maa.”

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “Eufrate.”

Anaa “asɔrefie.”

Nt., “papayɛ nsa.”

Nt., “ɔsomfoɔ.”

Nt., “wɔn nsam den.”

Nt., “ɔsomfoɔ.”

Anaa “nkaeɛ.”

Anaa “Wɔhyiraa so.”

Anaa “Eufrate.”

Nt., “amrado no ahennie ase.”

Anaa “aboɔ a wɔahyɛ da atwa.”

Anaa “ɛfã bi a wɔasusu ama wɔn.”

Bɛyɛ mita 445 (anm. 1,460). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɔkataa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔfiri ɔmantam bi a ɛbɛn hɔ.”

Anaa “Ɔhene Fie.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “asa.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Nt., “na wɔka kyerɛ yɛn mprɛ du.”

Nt., “yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam.”

Anaa “ɔha mu nkyɛmu baako,” kyerɛ sɛ, bosome biara deɛ.

Nt., “meporoporoo me kokom,” kyerɛ sɛ, tetefoɔ ataadeɛ a wɔayɛ biribi wɔ ne koko so te sɛ kotokuo.

Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “paanoo ne bobesa.”

Anaa “ma mefa ho ka.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “wo ara w’akomam nsɛm na woreka.”

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “animguaseɛ kɛseɛ kaa wɔn.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nte sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.”

Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafoɔ de ma wɔn mantam amradofoɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafoɔ de ma wɔn mantam amradofoɔ.

Nnipa dodoɔ no ara gye di sɛ ɛte sɛ Persiafoɔ sika kɔkɔɔ darik. Emu duro yɛ gram 8.4. Ɛsono drakma a wɔaka ho asɛm wɔ Greek Twerɛnsɛm mu no. Hwɛ Nkh. B14.

Bɛnnaa a wɔka ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no yɛ gram 570. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Nt., “Israel nyinaa.”

Hebri asɛmfua no kyerɛ obi a ɔhwɛ Mmara no ne Twerɛ Kronkron no afã foforɔ so twerɛ bi.

Anaa “owigyinaeɛ.”

Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”

Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafoɔ de ma wɔn mantam amradofoɔ.

Nt., “sradeduane.”

Anaa “ahoɔden.”

Anaa “asese.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “dii mmuada.”

Nt., “adekyeeɛ mu nkyɛmu nnan mu baako.”

Anaa “mfiri mmerɛsanten nkɔsi mmerɛsanten.”

Nt., “n’aba.”

Anaa “mmara a ɛnni hwammɔ.”

Nt., “womaa wo nsa so.”

Anaa “wɔsenee wɔn kɔn.”

Anaa “woyɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn.”

Anaa “honi a wɔaguo.”

Anaa “woanyi amfiri wɔn anom.”

Anaa “asaase a adɔre sradeɛ.”

Nt., “wɔto twenee wɔn akyi.”

Anaa “wɔtiatia wɔn so.”

Anaa “kɔkɔbɔ.”

Anaa “asaase a adɔre sradeɛ.”

Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafoɔ de ma wɔn mantam amradofoɔ.

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “obiara a wanyini sɛ ɔbɛtumi ate asɛm ase.”

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “asɔrefie.”

Kyerɛ sɛ, paanoo a wɔde kyerɛ no.

Anaa “adidibea adan.”

Anaa “taet.”

Anaa “adidibea adan.”

Anaa “adidibea adan.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “asɔrefie.”

Anaa “n’agyapadeɛ.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Nt., “gyina ɔhene nsa ho.”

Anaa “nkuro a atwa ho ahyia.”

Anaa “nkuro a atwa ho ahyia.”

Anaa “nkuro a atwa ho ahyia.”

Anaa “nkuro a atwa ho ahyia.”

Anaa “nkuro a atwa ho ahyia.”

Anaa “asɔfoɔ a wɔda wɔn ano.”

Ɛbɛyɛ sɛ na edin biara nhyɛ ha wɔ tete Hebri nsaano ntwerɛeɛ no mu.

Hwɛ Neh. 8:1

Hebri asɛmfua no kyerɛ nnadeɛ ntraantraa mmienu a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, ɛgyegye kyan-kyan.

Anaa “nnwontofoɔ a wɔn ho akokwa.”

Kyerɛ sɛ, Yordan mantam.

Anaa “baako a aka no nso ne wɔn dii nhwɛanimu.”

Anaa “taet.”

Nt., “paanoo.”

Anaa “firamanfiramanfoɔ.”

Anaa “adidibea adan.”

Anaa “adidibea.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “taet.”

Anaa “adidibea hɔ.”

Anaa “adidibea adan.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Hwɛ Neh. 8:1

Nt., “wɔretiatia amena a wɔkyĩ nsã wom no mu.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mebɔɔ wɔn kɔkɔ saa da no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtɔn nneɛma.”

Anaa “metee.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane