Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Deuteronomium 1:1-34:12
  • Deuteronomium

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Deuteronomium
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Deuteronomium

DEUTERONOMIUM

1 Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa wɔ sare so wɔ Yordan mpɔtam, kyerɛ sɛ, sare a ɛwɔ Suf anim wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot, ne Disahab ntam no. 2 Efi Horeb kɔfa Seir mmepɔw ho kɔ Kades-Barnea+ no yɛ nnafua 11 kwan. 3 Afe a ɛto so 40,+ bosome a ɛto so 11 no da a edi kan no, Mose kaa nea Yehowa ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ Israelfo* no. 4 Saa bere no, na Mose* adi Amorifo hene Sihon+ a ɔte Hesbon ne Basan hene Og+ a ɔte Astarot no nyinaa so nkonim wɔ Edrei.+ 5 Mose kyerɛkyerɛɛ Mmara+ yi mu wɔ Moab asaase so wɔ Yordan mpɔtam hɔ sɛ:

6 “Yehowa yɛn Nyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ, ‘Moatena mmepɔw yi mu akyɛ.+ 7 Monnan mo ho nkɔfa Amorifo+ mmepɔw so ne mmeae a ɛbemmɛn Araba,+ mfinimfini fam mmepɔw, Sefela, Negeb, ɛpo no ano,+ Kaananfo asaase so, ne Lebanon,*+ nkosi asubɔnten kɛse Eufrate ho.+ 8 Monhwɛ, mede asaase no rema mo. Monkɔfa asaase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak,+ ne Yakob+ sɛ ɔde bɛma wɔne wɔn asefo* a wobedi wɔn akyi aba no.’+

9 “Na meka kyerɛɛ mo saa bere no sɛ, ‘Me nkutoo merentumi nhwɛ mo so.+ 10 Yehowa mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na nnɛ mo dodow te sɛ ɔsoro nsoromma.+ 11 Yehowa mo agyanom Nyankopɔn mma monnɔɔso+ mmɔho apem, na onhyira mo sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ no.+ 12 Ɛbɛyɛ dɛn na me nkutoo atumi asoa mo haw duruduru no ne mo ntɔkwapɛ yi?+ 13 Munyi mo mmusuakuw mu mmarima anyansafo a wɔn ani da fam na wɔwɔ osuahu, na memfa wɔn nsisi mo so.’+ 14 Ɛnna moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nea woaka sɛ yɛnyɛ no yɛ ne kwan so.’ 15 Enti miyii wɔn a wɔdeda mo mmusuakuw ano, mmarima anyansafo a wɔwɔ osuahu, yɛɛ wɔn mpanyimfo de wɔn sisii nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne du biara so, na mepaw atitiriw wɔ mo mmusua so.+

16 “Saa bere no, meka kyerɛɛ atemmufo a wɔwɔ mo mu no sɛ, ‘Sɛ moredi mo nuanom ntam asɛm a, mummu atɛntrenee+ wɔ obi ne ne nua anaa ɔne ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu ntam.+ 17 Ɛnsɛ sɛ mohwɛ nnipa anim wɔ atemmu mu.+ Ɔkɛse ne akumaa nyinaa, muntie wɔn asɛm pɛpɛɛpɛ.+ Ɛnsɛ sɛ musuro nnipa anim,+ efisɛ atemmu no yɛ Onyankopɔn dea.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duru ma mo sɔre a, momfa mmrɛ me na menka.’+ 18 Saa bere no, mekyerɛɛ mo nea monyɛ nyinaa.

19 “Afei yetu fii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ sare kɛse a ɛso yɛ hu+ a muhui no so, na yɛfaa Amorifo mmepɔw no ho,+ sɛnea Yehowa yɛn Nyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn no, na yebeduu Kades-Barnea.+ 20 Afei meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Amorifo mmepɔw a Yehowa yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ho na moaba yi. 21 Hwɛ, Yehowa mo Nyankopɔn de asaase no ama mo, enti monkɔfa sɛnea Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+ Munnsuro, na mommmɔ hu.’

22 “Ɛnna mo nyinaa mobaa me nkyɛn bɛkae sɛ, ‘Ma yɛnsoma mmarima mma wonni kan nkɔhwɛ asaase no na wɔmmɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so, ne nkurow a yɛrekɔ so.’+ 23 Mihui sɛ ɛyɛ asɛmpa, enti miyii mmarima 12 fii mo mu, abusuakuw biara mu nipa baako.+ 24 Wɔde wɔn ani kyerɛɛ mmepɔw no so+ koduu Eskol Bon ho, na wɔkɔhwɛɛ sɛnea asaase no te. 25 Afei wɔde asaase no so aba no bi bɛkyerɛɛ yɛn. Na wɔbɔɔ yɛn amanneɛ sɛ, ‘Asaase a Yehowa yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ye.’+ 26 Nanso na mompɛ sɛ mokɔ asaase no so, na nea Yehowa mo Nyankopɔn kae no, moanni so.+ 27 Na munwiinwii wɔ mo ntamadan mu sɛ, ‘Yehowa tan yɛn nti na wayi yɛn afi Egypt asaase so de yɛn abɛhyɛ Amorifo nsa sɛ wɔntɔre yɛn ase. 28 Ɛhe na yɛrekɔ yi? Yɛn nuanom abetu* yɛn koma+ sɛ: “Asaase no sofo soso woware sen yɛn, na wɔwɔ nkurow akɛse a ɛho aban du soro,*+ na yehuu Anak+ mma nso wɔ hɔ.”’

29 “Ɛnna meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mommma mo koma nntu, na munnsuro wɔn.+ 30 Yehowa mo Nyankopɔn bedi mo anim, na ɔbɛko ama mo+ sɛnea mo ankasa muhui sɛ ɔyɛ maa mo wɔ Egypt no.+ 31 Bere a Yehowa mo Nyankopɔn de mo bɔɔ ne bo sɛnea ɔbarima de ne ba bɔ ne bo, na ɔde mo fii sare no so twaa kwan baa ha no, muhui.’ 32 Nea mekae nyinaa akyi no, moannye Yehowa mo Nyankopɔn anni.+ 33 Nanso ɔno na odii mo anim kɔhwɛɛ faako a mobɛtena. Sɛ edu anadwo a, ɔnam ogya so kyerɛ mo kwan, na awia nso ɔnam omununkum so.+

34 “Yehowa tee nea mokae nyinaa. Enti ne bo fuwii na ɔkaa ntam sɛ,+ 35 ‘Awo ntoatoaso bɔne yi mu ɔbarima baako mpo renhu asaase pa a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ 36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na obehu, na mede asaase a ɔkɔɔ so no bɛma ɔne ne mma, efisɛ ɔde ne koma nyinaa* adi Yehowa akyi.+ 37 (Mo nti, Yehowa bo fuw me mpo, na ɔkae sɛ, “Wo nso worenkɔ hɔ bi.+ 38 Nun ba Yosua a ogyina w’anim yi+ na ɔbɛkɔ asaase no so.+ Hyɛ no den,*+ efisɛ ɔno na ɔbɛma Israelfo afa asaase no.”) 39 Afei nso, mo mma nkumaa a ɛnnɛ wonnim papa ne bɔne a mokae sɛ asaase no sofo bɛsoa wɔn akɔ no,+ wɔn na wɔbɛkɔ asaase no so, na mede bɛma wɔn sɛ wɔn agyapade.+ 40 Na mo de, monnan mo ho nkɔfa Ɛpo Kɔkɔɔ no ho nkɔ sare no so.’+

41 “Ɛnna moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne atia Yehowa. Afei de, yɛbɛkɔ akɔko sɛnea Yehowa yɛn Nyankopɔn aka no!’ Enti mo nyinaa faa mo akode hyɛɛ mo ho susuwii sɛ bepɔw no so kɔ yɛ mmerɛw.+ 42 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ka kyerɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na moamforo ankɔko, efisɛ menka mo ho.+ Enti mokɔ a, mubedi nkogu wɔ mo atamfo anim.”’ 43 Na me ne mo kasae, nanso moantie me na mutwiw faa Yehowa so sɛ morekɔ bepɔw no so. 44 Ɛnna Amorifo a wɔte bepɔw no so no baa mo so na wɔtaa mo sɛ nnowa, na wɔbɔɔ mo hwetee fi Seir koduu Horma. 45 Afei mosan mo akyi besu guu Yehowa so, nanso Yehowa antie na wammua mo. 46 Ɛno nti na motenaa Kades kyɛe saa no.

2 “Ɛnna yɛdan yɛn ho kɔfaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ sare so, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ me no,+ na yɛde nna pii kyinkyin Seir Bepɔw ho. 2 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, 3 ‘Moakyinkyin bepɔw yi ho akyɛ. Seesei monnan mo ani nkyerɛ atifi fam. 4 Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: “Morekɔfa mo nuanom Esau asefo+ a wɔte Seir+ no hye so. Sɛ wohu mo a, ehu bɛka wɔn,+ enti monhwɛ mo ho yiye. 5 Monhwɛ na mo ne wɔn anko,* na wɔn asaase no, meremfa anammɔn baako mpo mma mo, efisɛ mede Seir Bepɔw ama Esau sɛ n’agyapade.+ 6 Aduan a mubedi biara momfa sika ntɔ mfi wɔn hɔ, na nsu a mobɛnom nso momfa sika ntɔ mfi wɔn hɔ.+ 7 Nea moayɛ nyinaa Yehowa mo Nyankopɔn ahyira so. Onim sɛnea moanantew sare kɛse yi so. Yehowa mo Nyankopɔn adi mo akyi mfe 40 yi nyinaa, na hwee nhiaa mo.”’+ 8 Enti yetwaa yɛn nuanom Esau asefo+ a wɔte Seir no ho, na yetwaa Araba ne Elat ne Esion-Geber+ kwan gyawee.

“Afei yɛdan yɛn ho de yɛn ani kyerɛɛ Moab+ sare so kwan no so. 9 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nhunahuna Moab na wo ne wɔn nnko, na wɔn asaase no, meremma wo bi ntena so, efisɛ mede Ar ama Lot mma+ sɛ wɔn agyapade. 10 (Bere bi, na Emimfo+ a wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfo na wɔte hɔ. 11 Refaimfo+ nso, na wɔte sɛ Anakfo,+ na na Moabfo frɛ wɔn Emimfo. 12 Bere bi, Horifo+ na na wɔte Seir, nanso Esau asefo tuu wɔn fii hɔ tɔree wɔn ase, na wɔfaa wɔn asaase tenaa so,+ sɛnea Israel nso bɛfa asaase a ɛyɛ agyapade a Yehowa de bɛma wɔn no.) 13 Afei monsɔre nkotwa Sered Bon no.’ Enti yekotwaa Sered Bon no.+ 14 Nna a yɛde nantew fii Kades-Barnea kosii sɛ yetwaa Sered Bon no si mfe 38, na saa bere no, ɔman no mu mmarima a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa ase hyewee, sɛnea Yehowa kaa wɔn ntam no.+ 15 Yehowa teɛɛ ne nsa wɔ wɔn so kosii sɛ ɔtɔree wɔn nyinaa ase fii ɔman no mu.+

16 “Bere a ɔman no mu mmarima a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa wuwui no,+ 17 ɛhɔ ara na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ, 18 ‘Ɛnnɛ worekotwam wɔ Moab asaase Ar so. 19 Sɛ wobɛn Ammonfo a, nhunahuna wɔn na nhyɛ wɔn abufuw nso, na Ammonfo asaase no, meremma wo bi ntena so, efisɛ mede ama Lot mma sɛ wɔn agyapade.+ 20 Ɛhɔ nso bere bi, na ɛyɛ Refaimfo asaase.+ (Refaimfo na na wɔte hɔ, na na Ammonfo frɛ wɔn Samsumim. 21 Wɔyɛ nnipa a na wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfo.+ Nanso Yehowa sɛee wɔn fii Ammonfo anim, na wotuu wɔn faa wɔn asaase tenaa so. 22 Saa ara na ɔyɛ maa Esau asefo a seesei wɔte Seir no.+ Ɔsɛee Horifo+ fii wɔn anim, na ɔma wotuu wɔn faa wɔn asaase tenaa so, na wɔatena hɔ abesi nnɛ. 23 Awimfo a bere bi na wɔtete Gasa+ nkuraase no de, Kaftorimfo + a wofi Kaftor* bae no bɛsɛee wɔn, na wɔfaa wɔn asaase tenaa so.)

24 “‘Monsɔre nkotwa Arnon Bon no.+ Hwɛ, mede Hesbon hene Sihon+ a ɔyɛ Amorini no ahyɛ mo nsa. Enti mumfi ase mfa n’asaase na mo ne no nko. 25 Ɛnnɛ mɛma aman a wɔwɔ ɔsoro ase a wɔbɛte mo nka nyinaa abɔ hu na wɔasuro mo. Na mo nti, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho ayeraw wɔn.’*+

26 “Afei mituu abɔfo fii Kedemot+ sare so sɛ wɔnkɔka asomdwoesɛm+ nkyerɛ Hesbon hene Sihon sɛ, 27 ‘Ma mintwam mfa w’asaase so. Ɔkwantempɔn no ara so na mɛfa; meremman nifa anaa benkum.+ 28 Aduan a wobɛtɔn ama me na medi, na nsu a wobɛtɔn ama me na mɛnom. Nea meresrɛ ara ne baabi a mede me nan betia. 29 Saa ara na Esau asefo a wɔte Seir ne Moabfo a wɔte Ar yɛɛ me. Na wo nso yɛ me saa kosi sɛ metwa Yordan akɔ asaase a Yehowa yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no so.’ 30 Nanso Hesbon hene Sihon amma yɛamfa n’asaase so, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa kwan ma osen ne kɔn+ na opirim ne koma, na ama ɔde no ahyɛ mo nsa sɛnea nnɛ mo ani tua yi.+

31 “Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, mafi ase redan Sihon ne n’asaase ama wo, enti fi ase fa n’asaase no.’+ 32 Bere a Sihon ne ne dɔm nyinaa behyiaa yɛn ne yɛn fii ase koe wɔ Yahas no,+ 33 Yehowa yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, enti yedii ɔne ne mma ne ne manfo nyinaa so nkonim. 34 Saa bere no, yɛko faa ne nkurow nyinaa sɛee no, na yekunkum emu mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa. Yɛannyaw onipa baako mpo.+ 35 Wɔn nyɛmmoa nkutoo na yɛfae, na yenyaa nneɛma foforo nso wɔ nkurow a yɛko fae no mu. 36 Efi Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bon no ho (ne kurow a ɛwɔ bon mu) kosi Gilead no, kurow biara nni hɔ a na ɛboro yɛn ahoɔden so. Yehowa yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.+ 37 Nanso Ammonfo asaase+ no, Yabok+ Bon no ho nyinaa, ne bepɔw no so nkurow, ne baabiara a Yehowa yɛn Nyankopɔn kae sɛ mma yɛnnkɔ no de, yɛankɔ hɔ.

3 “Afei yɛdan yɛn ho, na yɛfaa Basan Kwan so foro kɔe. Na Basan hene Og de ne nkurɔfo nyinaa behyiaa yɛn sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Edrei.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nsuro no, efisɛ mede ɔne ne nkurɔfo nyinaa ne n’asaase bɛhyɛ wo nsa, na sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a na ɔte Hesbon no, saa ara na wobɛyɛ no.’ 3 Enti Yehowa yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og nso ne ne nkurɔfo nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yekunkum wɔn nyinaa na anka ne nkurɔfo no baako mpo. 4 Saa bere no, yɛfaa ne nkurow nyinaa. Kurow baako mpo nni hɔ a yɛannye amfi wɔn nsam. Yɛfaa nkurow 60 wɔ Argob asaase so nyinaa, kyerɛ sɛ, Og ahemman a ɛwɔ Basan no.+ 5 Ná ne nyinaa yɛ nkurow akɛse a ɛwɔ afasu atenten ne apon akɛse a nnade deda akyi. Eyinom da nkyɛn a, na nkurow nketewa pii a enni afasu nso ka ho. 6 Ne nyinaa akyi no, yɛsɛee nkurow no pasaa+ sɛnea yɛyɛɛ Hesbon hene Sihon no; yɛsɛee kurow biara, na yekunkum emu mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa.+ 7 Na wɔn nyɛmmoa ne nneɛma foforo a ɛwɔ nkurow no mu de, yɛfae.

8 “Saa bere no, yegyee asaase no fii Amorifo ahemfo baanu+ a na wɔwɔ Yordan mantam mu no nsam, efi Arnon Bon* ho kosi Hermon Bepɔw ho.+ 9 (Ná Sidonfo frɛ saa bepɔw no Sirion, na Amorifo nso frɛɛ no Senir.) 10 Afei yɛfaa nkurow a ɛwowɔ bepɔw so asaase tratraa so no ne Gilead ne Basan nyinaa kosii Saleka ne Edrei,+ nkurow a ɛwɔ Og ahemman mu wɔ Basan no. 11 Saa bere no, na Basan hene Og nkutoo ne Refaimni a waka. Mpa a wɔde ne funu too so no, dade* na wɔde yɛe. Mpa yi da so si Ammonfo kurow Raba. Sɛ wosusuw no basafa* mu sɛnea obiara nim no a, ne tenten yɛ basafa akron, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anan. 12 Saa bere no na yɛfaa nsaase yi: efi Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bon* ho ne Gilead mmepɔw mu no fã, na mede nkurow a ɛwowɔ hɔ no ama Rubenfo ne Gadfo.+ 13 Na mede Gilead asaase a aka ne Og ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa ama Manase abusuakuw no fã.+ Argob a ɛka Basan asaase ho no nyinaa, edin a na wɔde frɛ hɔ ne Refaim asaase.

14 “Manase ba Yair+ faa Argob asaase+ no nyinaa besii Gesurfo ne Maakatfo+ hye so. Na ɔde ne din too Basan nkuraa a ɛwowɔ hɔ no so, na wɔafrɛ hɔ Hawot-Yair*+ abesi nnɛ. 15 Mede Gilead nso ama Makir.+ 16 Rubenfo ne Gadfo+ nso, mede asaase a efi Gilead kosi Arnon Bon* no mfinimfini ama wɔn. Ɛba ara besi Yabok Bon ho wɔ Ammonfo hye so, 17 ne Araba ne Yordan asaase no ho kɔfa Kineret besi Araba Po anaa Nkyene Po* no ho wɔ Pisga mmepɔw no ase, ɛrekɔ apuei fam no.+

18 “Ɛnna meka kyerɛɛ mo sɛ: ‘Yehowa mo Nyankopɔn de asaase yi ama mo sɛ momfa. Mo mu mmarima akantinka nyinaa bɛfa wɔn akode adi mo nuanom Israelfo anim+ atwa akɔ asaase no so. 19 Mo yerenom, mo mma nkumaa, ne mo nyɛmmoa (nyɛmmoa nso de, minim sɛ mowɔ pii), eyinom nkutoo na wɔbɛtena nkurow a mede ama mo no mu 20 kosi sɛ Yehowa bɛma mo nuanom ahome sɛnea wayɛ ama mo no, na wɔafa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de bɛma wɔn wɔ Yordan agya no. Ɛno akyi no, mubetumi asan aba asaase a mede ama mo no so.’+

21 “Saa bere no, meka kyerɛɛ Yosua+ sɛ, ‘W’ankasa wode w’aniwa ahu nea Yehowa wo Nyankopɔn de ayɛ ahemfo baanu yi. Saa ara na Yehowa bɛyɛ ahemman a moretwa akɔ mu no nyinaa.+ 22 Munnsuro wɔn efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔreko ama mo.’+

23 “Afei mesrɛɛ Yehowa saa bere no sɛ, 24 ‘O Awurade Tumfo Yehowa, woama w’akoa rehu wo kɛseyɛ ne wo basa a ɛyɛ den no.+ Onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asaase so a obetumi ayɛ wo nnwuma akɛse yi bi?+ 25 Mesrɛ wo, ma mintwa nkɔhwɛ asaase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔw so asaase fɛfɛ no ne Lebanon.’+ 26 Nanso mo nti, Yehowa bo a efuw me no, na ennwoe,+ enti wantie me. Mmom Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Twa so! Mmɔ asɛm yi so nkyerɛ me bio. 27 Foro kogyina Pisga+ na ma w’ani so hwɛ atɔe ne atifi ne anaafo ne apuei, na Yordan de, worentwa.+ 28 Fa Yosua yɛ ɔman no kannifo,+ na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi ɔman yi anim atwa akɔ,+ na asaase a wuhui no, ɔno na ɔbɛma wɔn nsa aka.’ 29 Nsɛm yi nyinaa sisii bere a na yɛte bon no mu wɔ Bet-Peor anim no.+

4 “O Israel, afei muntie ahyɛde ne atemmusɛm a merekyerɛkyerɛ mo yi na munni so na moanya nkwa,+ na moakɔfa asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no. 2 Ahyɛde a mede rema mo yi, mommfa bi nnka ho, na munnyi bi nso mmfi mu.+ Monhwɛ nni Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo yi so.

3 “Mo ankasa mode mo ani huu nea Yehowa yɛe bere a ebinom kɔsom Baal-Peor no. Yehowa mo Nyankopɔn sɛee obiara a okodii Baal-Peor akyi+ fii mo mu. 4 Nanso mo a mobataa Yehowa mo Nyankopɔn ho no nyinaa te ase nnɛ. 5 Hwɛ, ahyɛde ne atemmusɛm+ a Yehowa me Nyankopɔn de maa me no, makyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubedi so wɔ asaase a morekɔfa no so. 6 Monhwɛ nni so+ efisɛ ɛno bɛma aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa ho asɛm no ahu sɛ mowɔ nyansa+ ne ntease,+ na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛse yi wɔ nyansa ne ntease+ ampa.’ 7 Ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ anyame a wɔbɛn wɔn sɛnea Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn na otie yɛn bere biara a yebesu afrɛ no no?+ 8 Na ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ ahyɛde ne atemmusɛm a ɛteɛ te sɛ Mmara a mede rema mo nnɛ yi?+

9 “Ɛno ara ne sɛ momma mo ani nna hɔ na monhwɛ mo ho* yiye, na mo werɛ amfi nea moahu no, na amfi mo komam mo nkwa nna nyinaa. Afei nso, momfa nkyerɛ mo mma ne mo mmanana.+ 10 Ɛda a mubegyinaa Yehowa mo Nyankopɔn anim wɔ Horeb no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Boaboa nkurɔfo no ano wɔ m’anim na wontie me nsɛm+ na wonsua sɛ wobesuro me,+ nna dodow a wobedi wɔ asaase no so nyinaa, na wɔmfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma.’+

11 “Enti mubegyinaa bepɔw no ase, na ogya dɛwee wɔ bepɔw no so kɔɔ wim,* na esum ne omununkum kumɔnn bae, na wim yɛɛ kusuu.+ 12 Na Yehowa fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo.+ Motee kasa bi, nanso moanhu obiara;+ ɛnne kɛkɛ na motee.+ 13 Na ɔde n’apam maa mo,+ na ɔkae sɛ munni so; ɛno ne Mmara Nsɛm Du*+ no. Afei ɔkyerɛw guu abopon abien so.+ 14 Saa bere no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mo ahyɛde ne atemmusɛm a ɛsɛ sɛ mudi so wɔ asaase a morekɔfa no so.

15 “Enti monhwɛ mo ho* yiye, efisɛ da a Yehowa fi ogya mu ne mo kasae wɔ Horeb no, moanhu obiara. 16 Monhwɛ na moanyɛ asobrakye ankɔyɛ ohoni a wɔasen anaa ade biara sɛso. Monnyɛ ɔbarima anaa ɔbea biara sɛso,+ 17 asaase so aboa anaa anomaa a ɔnam wim biara sɛso,+ 18 ade biara a ɛwea wɔ asaase so anaa apataa a ɔwɔ nsu mu wɔ asaase ase biara sɛso.+ 19 Sɛ woma w’ani so hwɛ soro na wuhu owia, ɔsram, ne nsoromma, kyerɛ sɛ, ɔsoro asafo nyinaa a, mma ɛnntwetwe wo mma wonnkɔsom wɔn.+ Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa. 20 Nanso mo na Yehowa ayi mo afi Egypt; oyii mo fii fononoo a wɔde nan dade mu, na moabɛyɛ n’ankasa agyapade+ sɛnea ɛte nnɛ yi.

21 “Moyɛ maa Yehowa bo fuw me,+ na ɔkaa ntam sɛ merentwa Yordan no na merenkɔ asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo sɛ agyapade no so.+ 22 Mewu wɔ asaase yi so. Merentwa Yordan no,+ na mo de, mubetwa akɔfa asaase pa no. 23 Monhwɛ yiye na mo werɛ amfi apam a Yehowa mo Nyankopɔn ne mo ayɛ no,+ na monhwɛ na moankɔyɛ ohoni a wɔasen biara anaa biribiara a Yehowa mo Nyankopɔn abara mo no sɛso.+ 24 Na Yehowa mo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew ade;+ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+

25 “Sɛ motena asaase no so kyɛ na munya mma ne mmanana, na moyɛ asobrakye kɔyɛ ohoni a wɔasen+ anaa biribi sɛso anaa abusude biara wɔ Yehowa mo Nyankopɔn ani so de hyɛ no abufuw a,+ 26 ɛnde ɛnnɛ merema ɔsoro ne asaase ayɛ m’adansefo, na munhu sɛ ɛrenni da bi na mo ase ahyew afi asaase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, efisɛ wɔbɛtɔre mo ase koraa.+ 27 Yehowa bɛbɔ mo ahwete amanaman mu,+ na mo mu kakraa bi na wɔbɛka+ wɔ aman a Yehowa bɛpam mo akɔ so no so. 28 Ɛhɔ na mobɛsom anyame a onipa de ne nsa ayɛ,+ nnua ne abo a enhu ade na ɛnte asɛm na entumi nnidi na ɛnte hua biara.

29 “Sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra*+ nyinaa hwehwɛ Yehowa wo Nyankopɔn wɔ hɔ a, ɔkwan biara so wubehu no.+ 30 Sɛ wokɔ ahokyere mu na nsɛm yi nyinaa to wo daakye a, wobɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn abetie no.+ 31 Na Yehowa wo Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+ Ɔrennyaw wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no.+

32 “Afei kae mmere a atwam a wonnya nwoo wo no, efi bere a Onyankopɔn bɔɔ onipa too asaase so, na bisa mu fi ɔsoro ano kosi ɔsoro ano. Obi ahu adekɛse a ɛte saa anaa obi ate ho asɛm pɛn?+ 33 Nnipa bi ate Onyankopɔn nne wɔ ogya mu, sɛnea wotee no, a wɔda so te ase anaa?+ 34 Anaa woate pɛn sɛ Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔde atemmu,* nsɛnkyerɛnne, anwonwade,+ ɔko,+ nsa a ɛyɛ den,+ basa a wateɛ mu, ne nneɛma a ɛyɛ hu+ beyi ɔman bi afi ɔman foforo mu de ne din ato wɔn so sɛnea woahu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ayɛ ama mo wɔ Egypt no? 35 Mo na wama moahu eyinom nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no,+ na obiara nni hɔ sɛ ɔno.+ 36 Ɔma wotee ne nne fii soro na ɔde teɛɛ wo so. Ɔma wuhuu ne gya kɛse no nso wɔ asaase so, na wotee n’anom asɛm fii ogya mu.+

37 “Esiane sɛ na ɔdɔ w’agyanom na wapaw wɔn asefo*+ nti, ɔmaa n’ani kuu wo ho de ne tumi kɛse no yii wo fii Egypt. 38 Ɔpam aman a ɛsoso na ɛyɛ den sen wo fii w’anim sɛ bɛtena hɔ, na ɔde wɔn nsaase ama wo sɛ agyapade sɛnea ɔreyɛ nnɛ no.+ 39 Enti ma ɛntena wo komam nnɛ na hu sɛ, Yehowa ne nokware Nyankopɔn wɔ ɔsoro ne asaase so.+ Obiara nni hɔ te sɛ ɔno.+ 40 Di n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi so na asi wo ne wo mma a wobedi w’akyi aba no yiye daa, na woatena ase akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.”+

41 Saa bere no, Mose yii nkurow abiɛsa wɔ Yordan apuei fam.+ 42 Saa nkurow yi baako mu na sɛ obi nsa pa na okum ne yɔnko na ɔnyɛ obi a ɔtan no dedaw a,+ ɛsɛ sɛ oguan kɔ, na wanya nkwa.+ 43 Nkurow no ni: Beser+ a ɛwɔ sare so a ɛda bepɔw so asaase tratraa so no, ɔde maa Rubenfo; Ramot+ a ɛwɔ Gilead no, ɔde maa Gadfo; ɛnna Golan+ a ɛwɔ Basan no nso ɔde maa Manasefo.+

44 Eyi ne Mmara+ a Mose de maa Israelfo no. 45 Eyi ne nkaesɛm, ahyɛde, ne atemmusɛm a Mose de maa Israelfo bere a wofii Egypt no.+ 46 Saa bere no, na wɔwɔ Yordan mpɔtam hɔ wɔ obon no mu, Bet-Peor anim.+ Ná ɛhɔ yɛ Amorifo hene Sihon a ɔte Hesbon+ no asaase. Ɔno na Mose ne Israelfo kum no bere a wofi Egypt reba no.+ 47 Wɔfaa ɔne Basan hene Og+ nsaase. Eyinom ne Amorifo ahemfo baanu a na wɔwɔ Yordan apuei fam no. 48 Asaase no fi Aroer+ a ɛda Arnon Bon* no ano kosi Siyon Bepɔw a wɔsan frɛ no Hermon+ no ho, 49 ne Araba mantam nyinaa wɔ Yordan apuei fam kosi Araba Po* no ano wɔ Pisga+ mmepɔw ase.

5 Afei Mose frɛɛ Israelfo nyinaa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O Israel, muntie ahyɛde ne atemmusɛm a mereka akyerɛ mo nnɛ yi. Munsua na munni so pɛpɛɛpɛ. 2 Yehowa yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam wɔ Horeb.+ 3 Ɛnyɛ yɛn nananom na Yehowa ne wɔn yɛɛ saa apam yi, na mmom yɛn a yɛte ase nnɛ yi nyinaa. 4 Yehowa fi ogya mu ne mo kasae anim ne anim wɔ bepɔw no so.+ 5 Saa bere no, migyinaa mo ne Yehowa ntam+ kaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ mo, efisɛ na musuro ogya no, na moankɔ bepɔw no so.+ Ɔkae sɛ:

6 “‘Mene Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii nkoafi wɔ Egypt asaase so no.+ 7 Nsom onyame foforo biara nka me ho.*+

8 “‘Nyɛ ohoni a wɔasen biara+ anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asaase ase sɛso biara mfa. 9 Nkotow wɔn na mma biribiara nntwetwe wo mma wonkɔsom wɔn,+ efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ Na agyanom a wɔtan me no, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom so,+ 10 na wɔn a wɔdɔ me na wodi me mmara so de, meda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn kosi wɔn awo ntoatoaso a ɛto so apem so.

11 “‘Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agoru,+ efisɛ Yehowa remma obiara a ɔde ne din di agoru no mfa ne ho nni.+

12 “‘Di Homeda na yɛ no kronkron sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no.+ 13 Adwuma biara a wowɔ yɛ no, fa nnansia yɛ,+ 14 nanso da a ɛto so ason no de, ɛyɛ Homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara;+ w’ankasa oo, wo babarima anaa wo babea oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, wo nantwi oo, w’afurum oo, w’afieboa oo, ɔhɔho a ɔte wo kurom* oo, ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma.+ Ɛbɛma w’afenaa ne w’akoa ahome te sɛ wo.+ 15 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt asaase so na Yehowa wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ mu yii wo fii hɔ.+ Ɛno nti na Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ mmara sɛ di Homeda no.

16 “‘Di wo papa ne wo maame ni,+ sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no, na woanyin akyɛ na asi wo yiye* wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+

17 “‘Nni awu.+

18 “‘Nsɛe aware.+

19 “‘Mmɔ korɔn.+

20 “‘Nni wo yɔnko ho adanse a ɛnyɛ nokware.*+

21 “‘Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere.+ Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fi, n’asaase, n’akoa, n’afenaa, ne nantwi, anaa n’afurum. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.’+

22 “Yehowa fi ogya ne omununkum kumɔnn ne esum mu+ de nne kɛse kaa mmara nsɛm* yi kyerɛɛ asafo no nyinaa wɔ bepɔw no so, na wamfa hwee anka ho. Afei ɔkyerɛw guu abopon abien so de maa me.+

23 “Nanso bere a bepɔw no redɛw na motee nne no fii sum mu no,+ ɛhɔ ara na mo mmusuakuw mu atitiriw ne mpanyimfo no nyinaa baa me nkyɛn. 24 Ɛnna mokae sɛ, ‘Hwɛ, Yehowa yɛn Nyankopɔn ada n’anuonyam ne ne kɛseyɛ adi akyerɛ yɛn, na yɛate ne nne wɔ ogya mu.+ Ɛnnɛ na yɛahu sɛ Onyankopɔn betumi ne onipa akasa ama onipa no akɔ so atena nkwa mu.+ 25 Nanso yɛmpɛ sɛ yewuwu, efisɛ ogya kɛse yi betumi ahyew yɛn ama yɛawuwu. Sɛ yɛtoa so tie Yehowa yɛn Nyankopɔn nne a, sɛnea ɛte biara yebewuwu. 26 Onipa* bɛn na wate Onyankopɔn teasefo no nne wɔ ogya mu te sɛ yɛn na ɔda so te ase? 27 Enti wo mmom bɛn hɔ kotie nea Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na nea Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ wo biara, bɛbɔ yɛn amanneɛ, na yebetie na yɛadi so.’+

28 “Yehowa tee nea moka kyerɛɛ me no nyinaa. Enti Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mate nsɛm a ɔman yi aka akyerɛ wo no. Nea wɔaka no nyinaa ye.+ 29 Sɛ daa wonya koma a ɛbɛma wɔasuro me+ na wɔadi me mmara nyinaa so a,+ anka ebesi wɔne wɔn mma nyinaa yiye daa.+ 30 Kɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Monsan nkɔ mo ntamadan mu.” 31 Wo de, gyina me nkyɛn ha na menkyerɛ wo mmara nsɛm, ahyɛde, ne atemmusɛm a wode bɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔadi so wɔ asaase a mede ama wɔn sɛ wɔmfa no so.’ 32 Monhwɛ sɛ mobɛyɛ nea Yehowa mo Nyankopɔn aka no nyinaa.+ Mommman nnkɔ benkum anaa nifa.+ 33 Ɔkwan a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ momfa so no, monhwɛ sɛ mobɛfa so pɛpɛɛpɛ.+ Moyɛ saa a, mubenya nkwa na asi mo yiye na moanya nkwa tenten wɔ asaase a morekɔfa no so.+

6 “Eyi ne mmara nsɛm, ahyɛde, ne atemmusɛm a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ memfa nkyerɛkyerɛ mo, na sɛ mutwa kɔ asaase a morekɔfa no so a, moadi so. 2 Ɛbɛma moasuro Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana adi n’ahyɛde ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so+ mo nkwa nna nyinaa, na moanyin akyɛ.+ 3 Enti Israel, tie na hwɛ sɛ wobɛyɛ ne nyinaa na asi wo yiye na asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no, w’ase atrɛw wɔ so, sɛnea Yehowa w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.

4 “O Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa baako.+ 5 Fa wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa+ ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.+ 6 Ma mmara nsɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna wo koma so, 7 na fa dua wo mma komam,*+ na ka ho asɛm bere a wote wo fi, bere a wonam kwan so, bere a woda hɔ, ne bere a woasɔre.+ 8 Fa kyekyere wo nsa na akae wo, na fa yɛ ade* a wode bɔ wo moma so.*+ 9 Kyerɛw gu wo fi apongua ne w’aponkɛse* ho.

10 “Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo du asaase a ɔkaa ntam kyerɛɛ w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob sɛ ɔde bɛma wo no so,+ na ɔma wo nkurow akɛse fɛfɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyee,+ 11 afi a nneɛma pa ahorow nyinaa bi ayɛ mu ma a ɛnyɛ wo na woyɛɛ ho adwuma, mmura a ɛnyɛ wo na wutui, ne bobefuw* ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na wuduae, na sɛ wudidi mee a,+ 12 hwɛ yiye na wo werɛ amfi Yehowa+ a oyii wo fii nkoafi wɔ Egypt asaase so bae no. 13 Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wusuro no,+ na ɔno na ɛsɛ sɛ wosom no,+ na ne din na fa ka ntam.+ 14 Ɛnsɛ sɛ mukodi anyame foforo akyi; munnkodi aman a atwa mo ho ahyia no anyame no biara akyi,+ 15 efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo mfinimfini no yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ Anyɛ saa a, Yehowa mo Nyankopɔn bo befuw mo denneennen+ na watɔre mo ase afi asaase so.+

16 “Monnsɔ Yehowa mo Nyankopɔn nnhwɛ+ sɛnea mosɔɔ no hwɛe wɔ Masa no.+ 17 Yehowa mo Nyankopɔn mmara ne ne nkaesɛm ne n’ahyɛde a ɔde ama mo no, monhwɛ nni ne nyinaa so. 18 Monyɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ Yehowa ani so, na asi mo yiye, na moatumi akɔfa asaase pa a Yehowa kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no.+ 19 Na mobɛpam mo atamfo nyinaa afi mo anim sɛnea Yehowa ahyɛ bɔ no.+

20 “Daakye sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Na nkaesɛm, ahyɛde, ne atemmusɛm a Yehowa yɛn Nyankopɔn de maa mo yi nso kyerɛ dɛn?’ a, 21 monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Ná yɛyɛ Farao nkoa wɔ Egypt, ɛnna Yehowa de nsa a ɛyɛ den beyii yɛn fii Egypt. 22 Enti Yehowa de nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse a ɛyɛ hu baa Egyptfo ne Farao ne ne fifo nyinaa so wɔ yɛn anim.+ 23 Na oyii yɛn fii hɔ baa ha sɛ ɔde asaase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no rebɛma yɛn.+ 24 Ɛnna Yehowa de mmara yi nyinaa maa yɛn sɛ yenni so na yensuro Yehowa yɛn Nyankopɔn na asi yɛn yiye daa+ na yɛatena nkwa mu+ sɛnea ɛte nnɛ yi. 25 Sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so de yɛ osetie ma Yehowa yɛn Nyankopɔn sɛnea waka akyerɛ yɛn no+ a, ɛbɛma yɛayɛ atreneefo.’

7 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nya de wo du asaase a worekɔfa no so a,+ ɔbɛpam aman ason a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sen wo+ yi afi w’anim:+ Hitifo, Girgasifo, Amorifo,+ Kaananfo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo.+ 2 Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa na woadi wɔn so nkonim.+ Ɛsɛ sɛ wosɛe wɔn pasaa.+ Wo ne wɔn nnyɛ apam biara, na nhu wɔn mmɔbɔ.+ 3 Nware wɔn mu biara.* Mfa wo babea mma ne babarima, na nnye ne babea aware mma wo babarima.+ 4 Anyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afi m’akyi akɔsom anyame foforo,+ na Yehowa bo befuw wo denneennen na wasɛe wo pasaa.+

5 “Mmom nea monyɛ ni: Mummubu wɔn afɔremuka ne wɔn abosom adum+ no, na muntwitwa wɔn abosonnua*+ ngu, na momfa ogya nhyew wɔn ahoni.+ 6 Efisɛ woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn. Na Yehowa wo Nyankopɔn apaw wo de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw* wɔ asaase so aman nyinaa mu.+

7 “Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sen aman a aka nyinaa nti na Yehowa pɛ mo asɛm na wapaw mo,+ efisɛ yɛreka paa a, mo na na musua koraa wɔ aman nyinaa mu.+ 8 Mmom, nea enti a Yehowa de nsa a ɛyɛ den yii mo fii nkoafi,+ na ogyee mo fii Egypt hene Farao nsam ne sɛ, Yehowa dɔ mo na ɔpɛ sɛ odi ntam a ɔkaa mo agyanom no so.+ 9 Wunim sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ne nokware Nyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn nokwafo a odi n’apam so, na wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so no, ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn kosi awo ntoatoaso apem so.+ 10 Na wɔn a wɔtan no de, ɔde wɔn mu biara akatua bɛma no.+ Ɔrentwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn ho; obetua wɔn mu biara ka. 11 Enti ma mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmusɛm a mede rema wo nnɛ yi nna wo koma so na di so.

12 “Sɛ mokɔ so tie atemmusɛm yi na mudi so a, Yehowa mo Nyankopɔn bedi n’apam so, na wada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ mo sɛnea ɔkaa mo agyanom ntam no. 13 Ɔbɛdɔ mo na wahyira mo, na ɔbɛma moadɔɔso. Obehyira mo ama mo mma ayɛ bebree,*+ na obehyira mo asaase so aba, mo hwiit,* mo bobesa foforo, mo ngo,+ mo anantwi mma, ne mo nguan mma wɔ asaase a ɔkaa mo agyanom ntam sɛ ɔde bɛma mo no so.+ 14 Obehyira mo asen aman nyinaa.+ Ɔbarima anaa ɔbea biara nni hɔ a ɔrennya mma. Mo nyɛmmoa nyinaa nso bɛwo.+ 15 Yehowa beyi yare biara afi wo so; na ɔremfa yare bɔne a wuhui wɔ Egypt no mu biara mma wo so.+ Mmom no, ɔde bɛkɔ wɔn a wɔtan wo nyinaa so. 16 Aman a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa nyinaa, sɛe wɔn;+ nhu wɔn mmɔbɔ,+ na nsom wɔn anyame+ efisɛ ɛbɛyɛ afiri ama wo.+

17 “Ebia wobɛka wɔ wo komam sɛ, ‘Aman yi dɔɔso dodo ma me. Mɛyɛ dɛn atumi apam wɔn?’+ 18 Nsuro wɔn.+ Kae nea Yehowa wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Egyptfo nyinaa;+ 19 atemmu* akɛse, nsɛnkyerɛnne, anwonwade,+ nsa a ɛyɛ den ne basa a wɔateɛ mu a wuhui sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nam so yii wo no.+ Saa ara na Yehowa wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wusuro wɔn no nyinaa.+ 20 Yehowa wo Nyankopɔn bɛma wɔabotow* akosi sɛ wɔn a wɔaka+ a wɔde wɔn ho ahintaw wo nyinaa bewuwu. 21 Mma wonntu wo koma, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+ Ɔyɛ Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu.+

22 “Yehowa wo Nyankopɔn bɛpam aman yi afi w’anim nkakrankakra.+ Ɔremma wonsɛe wɔn nyinaa da koro, anyɛ saa a wuram mmoa bɔne bebu so abɛhaw wo. 23 Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa na wama woadi wɔn so nkonim koraa kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre.+ 24 Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ wo nsa+ na woapopa wɔn din afi ɔsoro ase.+ Obiara rentumi nnyina w’anim+ kosi sɛ wubetu wɔn ase.+ 25 Fa ogya hyew wɔn anyame ahoni no.+ Mma w’ani mmmere ɛho dwetɛ anaa sika; mfa bi+ na ansum wo afiri, efisɛ ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn akyiwade.+ 26 Mfa akyiwade biara mma wo fi na wɔansɛe wo anka abusude no ho. Ma ɛnyɛ wo tan na kyi, efisɛ ɛyɛ abusude a wɔbɛsɛe no pasaa.

8 “Monhwɛ nni mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so na moatena nkwa mu,+ na mo ase atrɛw, na moakɔfa asaase a Yehowa kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no.+ 2 Kae kwantenten a Yehowa wo Nyankopɔn ama woatwa wɔ sare so mfe 40 yi nyinaa,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bɛkyerɛ wo ahobrɛase na wasɔ wo ahwɛ+ ahu nea ɛwɔ wo komam,+ sɛ wubedi ne mmara so anaa worenni so. 3 Enti ɔmaa ɔkɔm dee wo de kyerɛɛ wo ahobrɛase.+ Afei ɔma wudii mana+ a na wo ne w’agyanom biara nhuu bi da, na woahu sɛ ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.+ 4 Mfe 40 yi nyinaa wo ntaade antetew na wo nan ase antaataa.+ 5 Na wunim wɔ wo komam sɛ Yehowa wo Nyankopɔn teɛɛ wo so sɛnea agya teɛ ne ba so no.+

6 “Afei di Yehowa wo Nyankopɔn mmara so. Ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wubetie no na woasuro no. 7 Yehowa wo Nyankopɔn de wo rekɔ asaase pa so;+ asaase a nsubɔnten, nsuwansuwa, ne atare a efi abon ne mmepɔw mu sen wɔ so. 8 Ɛyɛ asaase a hwiit, baali,* bobe, borɔdɔma nnua, granate akutu,*+ ngodua, ne ɛwo wɔ so.+ 9 Ɛyɛ asaase a ɔkɔm renne wo wɔ so na hwee renhia wo wɔ hɔ; ɛyɛ asaase a abo a ɛwɔ so no, nnade ayɛ mu ma, na wubetu kɔbere afi ne mmepɔw mu.

10 “Sɛ wudidi mee a, yi Yehowa wo Nyankopɔn ayɛ sɛ wama wo asaase pa.+ 11 Hwɛ yiye na wo werɛ amfi Yehowa wo Nyankopɔn, na woannan w’akyi ankyerɛ ne mmara nsɛm, n’atemmusɛm, ne n’ahyɛde a ɛnnɛ mede rema wo yi. 12 Sɛ wudidi mee na wusisi adan pa tena mu,+ 13 na wunya anantwi ne nguan ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne agyapade pii a, 14 mma wo koma mmma ne ho so+ na wo werɛ amfi Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii nkoafi wɔ Egypt asaase so no.+ 15 Ɔno na ɔde wo faa sare kɛse a ɛso yɛ hu so,+ sare a awɔ a bɔre wɔ wɔn ano ne nkekantwɛre wɔ so, asaase kesee a nsu nni so. Ɔmaa wo nsu fii ɔbotan a ɛyɛ den mu.+ 16 Ɔno na ɔma wudii mana+ a w’agyanom nhuu bi da wɔ sare so de kyerɛɛ wo ahobrɛase+ na ɔde sɔɔ wo hwɛe sɛnea ɛbɛyɛ a daakye ebesi wo yiye.+ 17 Sɛ woka wɔ wo komam sɛ, ‘Me tumi ne m’ahoɔden na ama manya me ho’ a,+ 18 kae sɛ Yehowa wo Nyankopɔn na wama wo ahoɔden a wode anya wo ho.+ Nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, ɔpɛ sɛ odi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛnea ɛte nnɛ yi.+

19 “Sɛ moma mo werɛ fi Yehowa mo Nyankopɔn na mukodi anyame foforo akyi na mokotow wɔn a, ɛnde ɛnnɛ midi mo adanse sɛ mo ase bɛhyew koraa.+ 20 Mobɛsɛe te sɛ aman a Yehowa resɛe wɔn wɔ mo anim no, efisɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn.+

9 “O Israel tie, ɛnnɛ woretwa Yordan+ akɔpam aman akɛse a ɛyɛ den sen wo+ na woakɔfa nkurow akɛse a ɛho aban du soro.*+ 2 Aman yi mu nnipa soso woware. Eyinom ne Anak mma+ a wunim wɔn no. Wotee wɔn ho asɛm sɛ, ‘Hena na obetumi agyina Anak mma anim?’ 3 Enti ɛnnɛ hu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bedi w’anim atwa akɔ hɔ.+ Ɔyɛ ogya a ɛhyew ade,+ na ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ w’anim ama woapam wɔn ntɛm* asɛe wɔn, sɛnea Yehowa aka akyerɛ wo no.+

4 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn pam wɔn fi w’anim a, nka wɔ wo komam sɛ, ‘Me trenee nti na Yehowa de me aba sɛ memmɛfa asaase yi.’+ Mmom no, ɛyɛ aman yi bɔne nti+ na Yehowa repam wɔn afi w’anim. 5 Ɛnyɛ wo trenee anaa wo koma a emu tew nti na worekɔfa wɔn asaase no. Mmom aman yi bɔne nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu. 6 Enti hu sɛ ɛnyɛ wo trenee nti na Yehowa wo Nyankopɔn de asaase pa yi rema wo ama woafa, efisɛ woyɛ ɔman a w’aso yɛ den.*+

7 “Monkae, na mommma mo werɛ mmfi da sɛ mohyɛɛ Yehowa mo Nyankopɔn abufuw wɔ sare no so.+ Efi da a mufii Egypt besi nnɛ a mowɔ ha yi, daa motew atua tia Yehowa.+ 8 Horeb mpo mugyigyee Yehowa maa n’ani beree, na Yehowa bo fuwii ara ma anka ɔretɔre mo ase.+ 9 Bere a mekɔɔ bepɔw no so sɛ merekogye abopon+ a apam a mo ne Yehowa yɛe no wɔ so no,+ midii nnafua 40 awia ne anadwo wɔ bepɔw no so,+ manni hwee na mannom nsu nso. 10 Ɛnna Yehowa maa me abopon abien a ɔde ne nsateaa akyerɛw nsɛm wɔ so. Nsɛm a Yehowa fi ogya mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔw no so bere a mobɔɔ gua no, na ne nyinaa wɔ abopon no so.+ 11 Bere a midii nnafua 40, awia ne anadwo no, Yehowa de abopon abien a apam no mu nsɛm wɔ so no maa me. 12 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre fi ha kɔ ntɛm, efisɛ wo nkurɔfo a wukoyii wɔn fii Egypt no reyɛ abusude.+ Wɔaman ntɛm afi ahyɛde a mede ama wɔn no ho. Hwɛ, wɔayɛ dade honi.’*+ 13 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, mahu sɛ ɔman yi aso yɛ den.*+ 14 Ma mensɛe wɔn, na mempopa wɔn din mfi ɔsoro ase, na menyɛ wo ɔman kɛse a wɔdɔɔso sen wɔn.’+

15 “Enti medan me ho sian fii bepɔw no so. Saa bere no, na ogya redɛw wɔ bepɔw no so.+ Ná abopon abien a apam no mu nsɛm wɔ so no wɔ me nsa abien mu.+ 16 Mibehui sɛ moayɛ bɔne atia Yehowa mo Nyankopɔn! Ná moayɛ* nantwi ba honi. Moman ntɛm fii ahyɛde a Yehowa de maa mo no ho.+ 17 Enti migyaa abopon abien no mu hwee hɔ ma ebubui wɔ mo anim.+ 18 Ɛnna mekɔkotow Yehowa anim nnafua 40 awia ne anadwo sɛnea meyɛɛ kan no. Manni hwee na mannom nsu nso;+ ne nyinaa fi mo bɔne, bɔne a moyɛe wɔ Yehowa ani so sɛ mode bɛhyɛ no abufuw no. 19 Mehwɛ sɛnea na Yehowa ani abere mo so no a,+ na misuro, efisɛ anka ɔrebɛsɛe mo. Nanso saa bere no, Yehowa san tiee me.+

20 “Yehowa bo fuw Aaron denneennen ma anka ɔrekum no,+ ɛnna mepaa kyɛw maa Aaron nso saa bere no. 21 Afei nantwi ba honi a mukodii akyi+ yɛɛ bɔne no, mede ogya hyewee, na mibubuu mu, na meyam no muhumuhu te sɛ mfuturu, ɛnna metow guu nsu a ɛsen fi bepɔw mu no mu.+

22 “Afei bere a mowɔ Tabera,+ Masa,+ ne Kibrot-Hatawa+ no nso mohyɛɛ Yehowa abufuw. 23 Bere a Yehowa somaa mo fii Kades-Barnea+ sɛ, ‘Monkɔfa asaase a mede rema mo no!’ nso, nea Yehowa mo Nyankopɔn kae no, moanni so na moannye no anni+ antie no.+ 24 Efi da a mihuu mo yi, daa motew Yehowa so atua.

25 “Enti mekotow Yehowa anim nnafua 40 awia ne anadwo,+ efisɛ na Yehowa aka sɛ ɔbɛsɛe mo. 26 Mebɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ, ‘Awurade Tumfo Yehowa, nsɛe wo man. Wɔyɛ w’ankasa agyapade+ a wode wo tumi kɛse ne basa a ɛyɛ den gyee wɔn fii Egypt.+ 27 Kae wo nkoa Abraham ne Isak ne Yakob.+ Nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne.+ 28 Anyɛ saa a, ɔman a wuyii yɛn fii hɔ no sofo bɛka sɛ: “Yehowa antumi amfa wɔn ankɔ asaase a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na esiane sɛ ɔtan wɔn nti, wayi wɔn kɔ sɛ ɔrekokunkum wɔn wɔ sare so.”+ 29 Wɔyɛ wo man ne w’ankasa agyapade+ a wode wo tumi kɛse ne wo basa a woateɛ mu gyee wɔn.’+

10 “Saa bere no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sen abopon abien te sɛ kan de no+ na fa bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so. Afei fa dua yɛ adaka. 2 Abopon a edi kan a wububuu no no, mɛkyerɛw nsɛm a na ɛwɔ so no agu foforo no so, na wode agu adaka no mu.’ 3 Enti mede ɔkanto dua yɛɛ adaka na misen abopon abien te sɛ kan de no. Afei mede abopon abien no kɔɔ bepɔw no so.+ 4 Na ɔkyerɛw Mmara Nsɛm Du*+ no guu abopon no so sɛnea na ɛwɔ kan de no so no.+ Eyi ne nsɛm a Yehowa fi ogya mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔw no so,+ bere a mobɔɔ gua no.+ Yehowa wiei no, ɔde maa me. 5 Afei misian fii bepɔw no so+ na mede abopon no beguu adaka a mayɛ no mu sɛnea Yehowa kae sɛ menyɛ no, na ɛhɔ ara na ɛwɔ.

6 “Ɛno akyi no, Israelfo tu fii Beerot Bene-Yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wui na wosiee no,+ na ne ba Eleasar sii n’ananmu dii sɔfo.+ 7 Afei wofi hɔ kɔɔ Gudgoda, na wofi Gudgoda kɔɔ Yotbata,+ asaase a nsubɔnten sen wɔ so no.

8 “Saa bere no, Yehowa paw Lewi abusuakuw no+ sɛ wɔnsoa Yehowa apam adaka no+ na wonnyina Yehowa anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira nnipa+ sɛnea wɔayɛ de abesi nnɛ yi. 9 Eyi nti na wɔamma Lewi kyɛfa anaa agyapade wɔ ne nuanom mu no. Yehowa ne n’agyapade sɛnea Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+ 10 Midii nnafua 40, awia ne anadwo wɔ bepɔw no so te sɛ kan no,+ na saa bere no nso Yehowa tiee me,+ enti Yehowa ansɛe mo. 11 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre di ɔman no anim na wɔnyɛ ahoboa nkɔfa asaase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.’+

12 “Afei Israel, dɛn na Yehowa wo Nyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ?+ Ɛne sɛ wubesuro Yehowa wo Nyankopɔn+ na woanantew n’akwan nyinaa so+ na woadɔ no, na wode wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa asom Yehowa wo Nyankopɔn,+ 13 na woadi Yehowa mmara ne n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi so, na asi wo yiye.+ 14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro* mpo yɛ Yehowa wo Nyankopɔn dea, na asaase ne nea ɛwɔ so nyinaa yɛ ne dea.+ 15 Nanso w’agyanom nkutoo na Yehowa kaa wɔn bataa ne ho yii ne dɔ adi kyerɛɛ wɔn, na wapaw mo a moyɛ wɔn asefo no+ afi aman nyinaa mu sɛnea yehu nnɛ yi. 16 Afei momma mo komam ntew*+ na munnyae asoɔden no.*+ 17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade, Onyankopɔn tumfo pumpuni a ne ho yɛ hu. Ɔnyɛ nyiyim+ na onnye adanmude.* 18 Obu atɛntrenee ma nnyanka ne akunafo,+ na ɔwɔ ɔdɔ ma ahɔho,+ na ɔma wɔn aduan ne nea wɔbɛhyɛ. 19 Mo nso munnya ɔdɔ mma ahɔho a wɔte mo mu, efisɛ na moyɛ ahɔho wɔ Egypt asaase so.+

20 “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wusuro no, ɔno na ɛsɛ sɛ wosom no,+ ɔno na ɛsɛ sɛ wobata ne ho, na ne din na fa ka ntam. 21 Ɔno na ɛsɛ sɛ wuyi no ayɛ.+ Ɔno ne wo Nyankopɔn a wayɛ anwonwade akɛse a ɛyɛ hu a wode w’ani ahu yi.+ 22 Nnipa* 70 na w’agyanom de wɔn kɔɔ Egypt,+ nanso seesei Yehowa wo Nyankopɔn ama woayɛ dɔm kɛse te sɛ ɔsoro nsoromma.+

11 “Monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ na muntie no, na munni n’ahyɛde, n’atemmusɛm, ne ne mmara so daa. 2 Munim sɛ ɛnnɛ, ɛnyɛ mo mma na me ne wɔn rekasa. Wɔn de, wonnim na wɔanhu Yehowa mo Nyankopɔn nteɛso,+ ne kɛseyɛ,+ ne nsa a ɛyɛ den,+ ne ne basa a wateɛ mu no. 3 Wɔanhu nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a ɔyɛe wɔ Egypt, ne nea ɔde yɛɛ Egypt hene Farao ne ne man nyinaa no.+ 4 Bere a Egypt asraafo ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam retiw mo na Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no bu faa wɔn so, na ɔsɛee wɔn korakora no, ɛno nso mo mma no anhu.+ 5 Nea ɔyɛ maa mo wɔ sare no so kosii sɛ mubeduu ha no, wɔanhu bi. 6 Afei nso, bere a ɔmaa asaase mu paee na ɛmenee Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram ne wɔn afi ne wɔn ntamadan ne biribiara anaa obiara a odi wɔn akyi wɔ Israelfo nyinaa anim no, wɔanhu.+ 7 Mo na mode mo ani huu anwonwade akɛse a Yehowa yɛe no nyinaa.

8 “Monhwɛ nni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so na ama mo ho ayɛ den, na moatwa akɔfa asaase no. 9 Eyi bɛma moanyin akyɛ+ wɔ asaase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔne wɔn asefo*+ no so, asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no.+

10 “Asaase a morekɔ akɔfa no nte sɛ Egypt asaase a mufi so bae no. Ɛhɔ de, mudua ade a, na mode mo nan na egugu so nsu* te sɛ mfikyifuw. 11 Nanso asaase a moretwa akɔfa yi yɛ mmepɔw ne abon+ asaase a ɛnom nyankonsu.+ 12 Ɛyɛ asaase a Yehowa mo Nyankopɔn hwɛ so. Yehowa mo Nyankopɔn ani ku ho fi afe mfiase kosi afe awiei.

13 “Sɛ mutie ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi na modɔ Yehowa mo Nyankopɔn de mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa som no a,+ 14 ɛnde me nso mɛtɔ osu agu mo asaase so wɔ ne bere mu, osutɔbere mu osu* ne fefɛw bere mu osu.* Na mobɛboaboa mo hwiit* ne mo bobesa foforo ne mo ngo ano.+ 15 Na mɛma mo nyɛmmoa anya sare awe wɔ mo asaase so na mo nso moadidi amee.+ 16 Monhwɛ yiye na biribiara antwetwe mo koma amma moankɔsom anyame foforo ankotow wɔn.+ 17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa bo befuw mo denneennen, na ɔbɛto ɔsoro mu na osu rentɔ,+ na asaase remmɔ aduan, na ɛrenni da bi na mo ase ahyew afi asaase pa a Yehowa de ama mo no so.+

18 “Momfa me nsɛm yi nsie mo koma ne mo kra* mu, na momfa nkyekyere mo nsa na akae mo, na momfa nyɛ ade a mode bɔ mo moma so.*+ 19 Momfa nkyerɛkyerɛ mo mma na monka ho asɛm bere a mote fie, bere a monam kwan so, bere a moda hɔ, ne bere a moasɔre.+ 20 Monkyerɛw ngu mo fi apongua ne mo aponkɛse ho, 21 na ama mo ne mo mma atena ase akyɛ+ wɔ asaase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn no so,+ bere tenten a ɔsoro kata asaase so yi.

22 “Sɛ mutie mmara a mede rema mo yi nyinaa na mudi so, na modɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ nantew n’akwan nyinaa so, na mobata ne ho+ a, 23 Yehowa nso bɛpam aman yi nyinaa afi mo anim,+ na moafa aman akɛse a wɔdɔɔso sen mo no asaase atena so.+ 24 Baabi a mo nan betia biara bɛyɛ mo dea.+ Efi sare no so kosi Lebanon, efi Asubɔnten no, Asubɔnten Eufrate ho kosi atɔe fam po* no ano nyinaa bɛyɛ mo asaase.+ 25 Obiara rentumi nnyina mo anim.+ Asaase a mobɛfa so no nyinaa, Yehowa mo Nyankopɔn bɛma mo ho hu atɔ wɔn so na wɔasuro mo+ sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ no.

26 “Monhwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim:+ 27 Sɛ mutie Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo nnɛ yi a, mo nsa bɛka nhyira no.+ 28 Na nnome no nso, sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛde+ na moman fi ɔkwan a merekyerɛ mo nnɛ yi so kodi anyame foforo a munnim wɔn akyi a, ɛnde ɛbɛba mo so.

29 “Sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de mo du asaase a morekɔfa no so a, Gerisim Bepɔw so na monka Onyankopɔn nhyira no, na monka ne nnome no wɔ Ebal Bepɔw so.+ 30 Sɛ mutwa kɔ Yordan atɔe fam a, mmepɔw no wɔ Kaananfo a wɔte Araba no asaase so. Ɛhɔ bɛn More nnua akɛse a ɛwɔ Gilgal anim no.+ 31 Moretwa Yordan akɔfa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo no.+ Sɛ mo nsa ka asaase no na motena so a, 32 monhwɛ nni ahyɛde ne atemmusɛm a mereka ho asɛm akyerɛ mo nnɛ yi nyinaa so.+

12 “Eyinom ne m’ahyɛde ne m’atemmusɛm a ɛsɛ sɛ mudi so wɔ asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de bɛma mo no so. Mo nkwa nna a mode bɛtena asaase no so nyinaa monhwɛ sɛ mubedi so. 2 Faako a amanaman a morekɔpam wɔn no som wɔn anyame no,+ monsɛe hɔ nyinaa pasaa; mmepɔw atenten so, nkoko so, ne nnua kusuu ase. 3 Mummubu wɔn afɔremuka ne wɔn abosom adum,+ momfa ogya nhyew wɔn abosonnua,* na muntwitwa wɔn anyame ahoni ngu.+ Mompopa wɔn din mfi hɔ koraa.+

4 “Yehowa mo Nyankopɔn de, ɛnsɛ sɛ mosom no saa.+ 5 Mmom baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛpaw de ne din ato ma ayɛ ne tenabea wɔ mmusuakuw no nyinaa mu no, ɛhɔ na momfa mo ani nkyerɛ, na ɛhɔ na monkɔ.+ 6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyew afɔre,+ mmoa a mubekum abɔ afɔre foforo, mo ntotoso du du,*+ mo ntoboa,+ mo bɔhyɛ afɔre, mo ayamye afɔre,+ ne mo anantwi ne mo nguan mu mmakan nyinaa nkɔ.+ 7 Ɛhɔ na mo ne mo fifo nnidi wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mobɛyɛ no, momma mo ani nnye,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo.

8 “Monhwɛ na moanyɛ nea yɛreyɛ wɔ ha nnɛ yi bi. Ɛha de, obiara yɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so,* 9 efisɛ munnya nnuu homebea+ ne asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo sɛ agyapade no so. 10 Sɛ mutwa Yordan+ kɔtena asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo no so a, ɔbɛma moahome afi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa nsam, na moatena ase dwoodwoo.+ 11 Baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛpaw de ne din ato no,+ ɛhɔ na momfa nea maka ho asɛm yi nyinaa nkɔ: Mo hyew afɔre, mmoa a mubekum wɔn abɔ afɔre foforo, mo ntotoso du du,*+ mo ntoboa, ne biribiara a moahyɛ bɔ sɛ mode bɛma Yehowa. 12 Mo ani begye wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mma mmarima, mo mma mmea, mo nkoa ne mo mfenaa, ne Lewifo a wɔamma wɔn mo agyapade no bi+ a enti wɔwɔ mo nkurow* mu no. 13 Hwɛ yiye na woammɔ ɔhyew afɔre wɔ baabiara kɛkɛ.+ 14 Baabi a Yehowa wo Nyankopɔn beyi wɔ mmusuakuw yi bi asaase so no, ɛhɔ na bɔ ɔhyew afɔre, na ɛhɔ na yɛ nea maka akyerɛ wo yi nyinaa.+

15 “Nanso bere biara a wo kɔn bɛdɔ* nam no, kum na we+ sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo wɔ mo nkurow* nyinaa mu no. Obi a ne ho ntew ne nea ne ho tew nyinaa betumi awe bi, sɛnea mutumi we ɔtwe anaa ɔwansan no. 16 Nanso monhwɛ na moanni aboa no mogya.+ Munhwie ngu fam sɛ nsu.+ 17 Eyinom ne nea morentumi nni bi wɔ mo nkurow* mu: mo hwiit nkyem du mu baako, mo bobesa foforo nkyem du mu baako, mo ngo mu nkyem du mu baako, mo anantwi ne mo nguan mu mmakan,+ mo bɔhyɛ afɔre, mo ayamye afɔre, anaa nea mode rema sɛ ntoboa. 18 Eyinom na di wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim. Faako a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ no,+ ɛhɔ na di; wo ne wo mma mmarima, wo mma mmea, wo nkoa ne wo mfenaa, ne Lewifo a wɔwɔ mo nkurow* mu no. Biribiara a wobɛyɛ biara, ma w’ani nnye wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim. 19 Nna a wote w’asaase so nyinaa no, hwɛ na woammu w’ani angu Lewifo so.+

20 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn trɛw w’ahye mu+ sɛnea ɔhyɛɛ wo bɔ no+ a, ebia wo kɔn bɛdɔ* nam na woaka sɛ, ‘Minya nam a, mɛwe.’ Ɛnde, bere biara a wo kɔn bɛdɔ* nam no, wubetumi awe.+ 21 Sɛ baabi a Yehowa mo Nyankopɔn de ne din bɛto no+ ware ma mo a, ɛnde bere biara a mo kɔn bɛdɔ* nam no, mubetumi akum anantwi anaa nguan a Yehowa de ama mo no bi awe wɔ mo nkurow* mu, sɛnea meka kyerɛɛ mo no. 22 Sɛnea wowɔ hokwan sɛ wowe ɔtwe ne ɔwansan no,+ saa ara na wubetumi awe. Obi a ne ho ntew ne nea ne ho tew nyinaa betumi awe bi. 23 Si w’adwene pi sɛ worenni mogya,+ efisɛ nkwa* no ara ne mogya no,+ na nni nkwa* no nka nam no ho. 24 Nni; hwie gu fam sɛ nsu.+ 25 Nni, na ama woayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, na asi wo ne wo mma a wobedi w’akyi aba no yiye. 26 Wo nneɛma a ɛyɛ kronkron ne wo bɔhyɛ afɔre de, fa kɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ no. 27 Ɛhɔ na fa nam ne mogya no bɛbɔ wo hyew afɔre+ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn afɔremuka so, na hwie mmoa no mogya gu Yehowa wo Nyankopɔn afɔremuka no ho,+ na nam no de, wubetumi awe.

28 “Hwɛ sɛ wubedi ahyɛde a mede rema wo yi nyinaa so. Woyɛ saa a, ebesi wo ne wo mma a wobedi w’akyi aba no yiye daa, efisɛ ɛbɛkyerɛ sɛ woreyɛ nea ɛteɛ na ɛsɔ Yehowa wo Nyankopɔn ani.

29 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn tu aman a worekɔ so no,+ na wokɔtena wɔn asaase so a, 30 hwɛ yiye na sɛ ɔsɛe wɔn wie a, biribiara ansum wo afiri amma woankodi wɔn akyi. Nkobisa wɔn anyame ho asɛm sɛ, ‘Ɔkwan bɛn na aman yi faa so som wɔn anyame? Ma me nso menyɛ saa.’+ 31 Nyɛ biribi a ɛte saa wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim, efisɛ nea Yehowa wo Nyankopɔn kyi na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea mpo bɔ afɔre wɔ ogya mu ma wɔn anyame.+ 32 Monhwɛ nni asɛm biara a maka akyerɛ mo so.+ Mommfa bi nnka ho, na munnyi bi nso mmfi mu.+

13 “Sɛ odiyifo anaa obi a ɔnam dae so ka daakye asɛm sɔre wɔ wo kurom na sɛ ɔka sɛ sɛnkyerɛnne anaa anwonwade bi besi, 2 na sɛnkyerɛnne anaa anwonwade a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wo no ba mu na ɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Momma yenkodi anyame foforo’ a munnim wɔn ‘akyi nkɔsom wɔn’ a, 3 ɛnsɛ sɛ mutie saa odiyifo anaa ɔdaesofo no anom asɛm.+ Munhu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de resɔ mo ahwɛ+ sɛ mode mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa dɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ anaa. 4 Yehowa mo Nyankopɔn akyi na munni, ɔno na munsuro no, n’ahyɛde so na munni, n’asɛm na muntie, ɔno na monsom no, na ɔno na mommata ne ho.+ 5 Mmom saa odiyifo anaa ɔdaesofo no de, munkum no,+ efisɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma mosɔre tia Yehowa mo Nyankopɔn a oyii mo fii nkoafi wɔ Egypt asaase so na ogyee mo no. Ɔpɛ sɛ moman fi ɔkwan a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ momfa so no so; munyi adebɔne no mfi mo mu.+

6 “Ebia wo nuabarima a ɔyɛ wo maame ba, anaa wo babarima anaa wo babea anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa wo yɔnko berɛbo bi bɛyɛ sɛ ɔrebɛdaadaa wo wɔ kokoam sɛ, ‘Ma yɛnkɔsom anyame foforo’+ a wo ne w’agyanom nnim wɔn, 7 anyame a aman a atwa mo ho ahyia nyinaa som wɔn no, aman a wɔbɛn mo anaa wɔwɔ akyirikyiri, efi asaase ano kosi asaase ano. 8 Ɛba saa a, mpene so na ntie no,+ nhu no mmɔbɔ, na mma wo yam nnhyehye wo mmma no, na nkata nea wayɛ no so; 9 mmom ɛsɛ sɛ wukum no.+ Di kan siw no abo, na ɔman no nyinaa nni akyi nsiw no abo nkum no.+ 10 Siw no abo kum no,+ efisɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe wo fi Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii nkoafi wɔ Egypt asaase so no ho. 11 Ɛba saa a, Israelfo nyinaa bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa bio wɔ mo mu.+

12 “Nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no, ebia wobɛte sɛ wɔreka wɔ nkurow no bi mu sɛ, 13 ‘Nnipahunu bi asɔre pɛ sɛ wɔsɛe kurow no mufo adwene, na wɔka sɛ monkɔsom anyame foforo a munnim wɔn.’ 14 Ɛba saa a, monhwehwɛ asɛm no mu yiye nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa.+ Muhu sɛ wɔayɛ akyiwade a ɛte saa wɔ wo mu ampa a, 15 momfa sekan nkunkum nnipa a wɔwɔ kurow no mu nyinaa,+ na momfa sekan nsɛe kurow no, emu nneɛma, ne emu nyɛmmoa nyinaa pasaa.+ 16 Afei mommoaboa asade* a aka nyinaa ano ngu kurow no mfinimfini, na momfa ogya nhyew kurow no ne asade no nyinaa ma ɛnyɛ ɔhyew afɔre mma Yehowa mo Nyankopɔn. Kurow no bɛdan amamfo afebɔɔ, na wɔrenkyekye bio. 17 Mfa wo nsa nka biribiara a ɛsɛ sɛ mosɛe no;+ ɛno bɛma Yehowa bo adwo. Ne yam bɛhyehye no na wahu wo mmɔbɔ na wama w’asefo adɔɔso sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no.+ 18 Enti tie Yehowa wo Nyankopɔn na di n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so, na woayɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn ani so.+

14 “Yehowa mo Nyankopɔn mma ne mo. Monhwɛ na obi a wawu nti, moantwitwa mo ho akam anaa moanyi mo ani akyi nwi.*+ 2 Efisɛ woyɛ ɔman kronkron+ ma Yehowa wo Nyankopɔn, na Yehowa apaw wo de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw* wɔ asaase so aman nyinaa mu.+

3 “Nni akyiwade biara.+ 4 Mmoa a mubetumi awe ni:+ nantwi, oguan, apɔnkye, 5 ɔwansan, ɔtwe, ɔkwadu, ewi, adowa, wuram guan, ne bepɔw so guan. 6 Mubetumi awe aboa biara a ne nan mu apae abien na opuw wesaw. 7 Mmoa a wopuw wesaw anaa wɔn nan mu apae a ɛnsɛ sɛ mowe ni: yoma, adanko, ne nkukuban, efisɛ wopuw wesaw de, nanso wɔn nan mu mpaee abien. Wɔn ho ntew mma mo.+ 8 Bio nso, monnwe prako, efisɛ ne nan mu apae abien de, nanso ompuw nwesaw. Ne ho ntew mma mo. Monnwe wɔn nam, na munnso wɔn afunu mu.

9 “Nsu mu mmoa a mubetumi awe ni: Aboa biara a ntɛtɛw ne abona wɔ ne ho de, mubetumi awe.+ 10 Nea onni ntɛtɛw anaa abona de, monnwe. Ne ho ntew mma mo.

11 “Mubetumi awe anomaa biara a ne ho tew. 12 Nanso eyinom de, monnwe: ɔkɔre, ɔkɔrebia, opete tuntum,+ 13 ɔkompete, ɔkom, asansa ahorow nyinaa bi, 14 kwaakwaadabi ahorow nyinaa bi, 15 sohori, ɔpatu, asomfena, nkorɔma ahorow nyinaa bi, 16 ɔpatu ketewa, ɔpatu asotenten, suborɔkokɔ, 17 nsu so dabodabo, opete, ɛpo so anene, 18 asukɔnkɔn, nsunoma ahorow nyinaa bi, asuakwaa, ne ampan. 19 Afei nso, mmoa nketenkete* a wotu biara ho ntew mma mo. Monnwe. 20 Mubetumi awe mmoa a wotu a wɔn ho tew nyinaa.

21 “Ɛnsɛ sɛ mowe aboa funu biara.+ Mubetumi de ama ɔhɔho a ɔte mo nkurow* mu ama wawe, anaa mubetumi atɔn ama ɔman foforo muni. Moyɛ ɔman kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn.

“Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufusu mu.+

22 “Afe biara fa w’afuw mu nnɔbae nyinaa so ntotoso du du* bra.+ 23 Fa wo hwiit nkyem du mu baako, wo bobesa foforo nkyem du mu baako, wo ngo mu nkyem du mu baako, ne w’anantwi ne wo nguan mu mmakan bra baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛpaw de ne din ato no.+ Fa bra bedi wɔ n’anim na ama woasua sɛ wubesuro Yehowa wo Nyankopɔn daa.+

24 “Ebia na baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bɛto no+ ware dodo sɛ wobɛsoa nneɛma no akɔ hɔ (efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo). 25 Ɛba saa a, yɛ no sika na kyekyere kura kɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ no. 26 Wudu hɔ a, fa sika no tɔ biribiara a wo kɔn bɛdɔ:* anantwi, nguan, mpɔnkye, bobesa anaa nsã foforo biara a ɛbow. Biribiara a wopɛ* no, fa bra bedi wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim, na wo ne wo fifo nyinaa ani nnye.+ 27 Na Lewifo a wɔwɔ mo nkurow mu no, mmu w’ani ngu wɔn so,+ efisɛ wɔamma wɔn kyɛfa anaa agyapade biara wɔ mo mu.+

28 “Mfe abiɛsa biara ba awiei a, fa afe a ɛto so abiɛsa no nnɔbae a wunyae nyinaa mu nkyem du mu baako bra wo kurom.+ 29 Esiane sɛ wɔamma Lewifo kyɛfa anaa agyapade biara wɔ mo mu nti, wɔne ahɔho a wɔabɛsoɛ mo mu, nnyanka, ne akunafo a wɔwɔ mo nkurow mu no bɛba abedi amee,+ na nea moyɛ nyinaa, Yehowa mo Nyankopɔn behyira so.+

15 “Mfe ason biara awiei no, fa ɛka biara kyɛ.+ 2 Ɛho akwankyerɛ ni: Obiara mfa ɛka a ne yɔnko de no no nkyɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔdan ne yɔnko anaa ne nua ka, efisɛ ɛbɛyɛ bere a wɔde ɛka kyɛ wɔ Yehowa anim.+ 3 Wubetumi adan ɔhɔho ka,+ nanso wo nua de, ɛka biara a ɔde wo no, fa kyɛ no. 4 Ɛnsɛ sɛ ehia obi wɔ wo kurom, efisɛ Yehowa behyira wo+ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapade no so, 5 nanso gye sɛ wutie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wudi ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so.+ 6 Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo sɛnea ɔhyɛɛ wo bɔ no, na wode nneɛma bɛfɛm aman pii, na wo de, worenkɔfɛm hwee;+ na wubedi aman pii so, na wo de, wɔrenni wo so.+

7 “Sɛ wudu asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so na ehia wo nua bi wɔ wo kurom a, mmɔ wo nua hiani no atirimɔden, na mma wo nsam nnyɛ den wɔ no so.+ 8 Bue wo nsam ma no+ na fa nea ohia biara fɛm no. 9 Hwɛ yiye na adwemmɔne amma wo komam sɛ, ‘Aka kakraa bi na afe a ɛto so ason a wɔde ɛka kyɛ no adu.’+ Sɛ wudwen saa a, wobɛkata w’ani abɔ wo nua hiani no atirimɔden. Ɛba saa a, wo nti obesu afrɛ Yehowa na ɛbɛdan bɔne ama wo.+ 10 Yi wo yam pɛ biribi ma no,+ na ɛnsɛ sɛ woyɛ* no amemenemfe so. Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwɛ ho ahyira biribiara a woyɛ so, na obehyira nea wo nsa beso mu biara nso.+ 11 Hu sɛ ohiani rempa w’asaase so.+ Eyi nti mereka akyerɛ wo sɛ, ‘Bue wo nsam ma wo nua a ne ho akyere no anaa nea ahia no wɔ w’asaase so.’+

12 “Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini barima anaa ɔbea ma wo, na ɔsom wo mfe asia a, afe a ɛto so ason no, gyaa no ma ɔnkɔ.+ 13 Na sɛ wugyaa no a, mma ɔmmfa nsapan nnkɔ. 14 Yi wo yam fa wo nguan, wo nnɔbae, wo ngo, ne wo nsã* no bi gya no kwan. Sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo no, wo nso pɛ biribi ma no. 15 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt asaase so, na Yehowa wo Nyankopɔn gyee wo. Ɛno nti na ɛnnɛ mede mmara yi rema wo sɛ di so no.

16 “Nanso sɛ ɔdɔ wo ne wo fifo, na ɔte nka sɛ wo nkyɛn a ɔte nti ɔwɔ anigye a, ebia ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mempɛ sɛ mifi wo nkyɛn!’+ 17 Ɛba saa a, fa no kogyina ɔpon ho na fa ade a wɔde bɔ tokuru bɔ n’asom tokuru ma ɔnyɛ w’akoa afebɔɔ. Sɛ ɔyɛ afenaa nso a, yɛ no saa ara. 18 Mma ɛnnyɛ wo den sɛ wubegyaa no ma wakɔ, efisɛ adwuma a ɔde mfe asia yɛe no te sɛ apaafo baanu adwuma; afei nso, Yehowa wo Nyankopɔn ahyira nea woayɛ biara so.

19 “Hyira w’adwennini ne w’anantwinini a wɔyɛ mmakan no so ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Mfa wo nantwi* a ɔyɛ abakan nyɛ adwuma na ntwitwa wo guan a ɔyɛ abakan ho nwi. 20 Afe biara, wo ne wo fifo nwe wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim wɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ.+ 21 Nanso sɛ aboa no atɔ apakye, n’ani abɔ, anaa wadi dɛm foforo biara a, mfa no mmɔ afɔre mma Yehowa wo Nyankopɔn.+ 22 We wɔ wo kurow* mu. Obi a ne ho ntew ne nea ne ho tew nyinaa betumi awe bi, sɛnea mutumi we ɔtwe anaa ɔwansan no.+ 23 Nanso hwɛ na woanni ne mogya.+ Hwie gu fam sɛ nsu.+

16 “Kae bosome Abib* na di Twam ma Yehowa wo Nyankopɔn,+ efisɛ bosome Abib mu na Yehowa wo Nyankopɔn yii wo fii Egypt anadwo.+ 2 Fa oguan ne nantwi+ bɔ Twam afɔre ma Yehowa wo Nyankopɔn+ wɔ baabi a Yehowa bɛpaw de ne din ato no.+ 3 Ɛnsɛ sɛ wode biribiara a ɛkaw ka ho di.+ Nnanson na di paanoo a mmɔkaw* nnim anaa ahoyeraw paanoo no, efisɛ wode ahopere na efii Egypt asaase so bae.+ Yɛ saa fa kae da a wufii Egypt no wo nkwa nna nyinaa.+ 4 Ɛnsɛ sɛ wohu mmɔkaw biara wɔ obiara nkyɛn wɔ asaase no nyinaa so nnanson.+ Afei sɛ wukum aboa no da a edi kan no anwummere a, nnyaw bi mma ade nnkye so.+ 5 Worentumi nkum Twam aboa no wɔ nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no biara mu kɛkɛ. 6 Mmom baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛpaw de ne din ato no, ɛhɔ na kum Twam aboa no. Kum no anwummere a owia akɔtɔ,+ te sɛ bere a na worefi Egypt no. 7 Noa aboa no nam na we+ wɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ,+ na ade kye anɔpa a woasan akɔ wo ntamadan mu. 8 Di paanoo a mmɔkaw nnim nnansia, na da a ɛto so ason no bɛyɛ nhyiam titiriw ama Yehowa wo Nyankopɔn. Nyɛ adwuma biara.+

9 “Kan nnawɔtwe ason. Ɛda a edi kan a wode kantankrankyi* bɛto wo hwiit* so sɛ woretwa no, kan nnawɔtwe ason no fi saa da no.+ 10 Afei di Nnawɔtwe Afahyɛ ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Hwɛ sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo no ho na fa ayamye afɔre bra.+ 11 Wo ne wɔn a wɔte w’asaase so nyinaa ani nnye wɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛpaw de ne din ato no; wo babarima, wo babea, w’akoa ne w’afenaa, Lewifo a wɔwɔ mo nkurow* mu, ɔhɔho a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafo, wo ne wɔn nyinaa ani nnye wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ 12 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt,+ enti tie ahyɛde yi nyinaa na di so.

13 “Sɛ woboaboa wo nnɔbae ne wo ngo ne wo nsã* ano a, di Apata* Afahyɛ no nnanson.+ 14 Edu afahyɛ bere yi a, ma w’ani nnye,+ wo ne wo babarima, wo babea, w’akoa ne w’afenaa, Lewini, ɔhɔho a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafo a ɔwɔ wo kurom no. 15 Di afahyɛ no nnanson+ fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn anuonyam wɔ baabi a Yehowa bɛpaw no, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo nnɔbae+ ne nea woyɛ nyinaa so. Enti nea wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma w’ani agye.+

16 “Afe biara mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa bɛba abegyina Yehowa mo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛpaw ama moadi Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ,+ Nnawɔtwe Afahyɛ,+ ne Apata* Afahyɛ+ no. Na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara de nsapan ba Yehowa anim. 17 Obiara nhwɛ sɛnea Yehowa ne Nyankopɔn ahyira no ho na ɔmfa n’akyɛde mmra.+

18 “Paw atemmufo+ ne mpanyimfo wɔ nkurow* a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuw biara no mu, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no atɛn. 19 Mmu atɛnkyea,+ nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude,* efisɛ adanmude fura anyansafo ani,+ na etumi ma atreneefo sesa wɔn ano. 20 Atɛntrenee, atɛntrenee nko ara na di akyi,+ na woanya nkwa na woakɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no.

21 “Hwɛ na woannua dua biara amfa anyɛ abosonnua*+ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn afɔremuka a wubesi no ho.

22 “Nyɛ ɔbosom dum biara,+ efisɛ ɛyɛ ade a Yehowa wo Nyankopɔn kyi koraa.

17 “Mfa nantwi anaa oguan a wadi dɛm anaa nea adebɔne biara wɔ ne ho mmɔ afɔre mma Yehowa wo Nyankopɔn, efisɛ ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn akyiwade.+

2 “Ebia na ɔbarima anaa ɔbea bi akɔyɛ bɔne anaa wabu Yehowa wo Nyankopɔn apam so wɔ nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no bi mu.+ 3 Sɛ ɔtwe ne ho kɔsom anyame foforo anaa ɔkotow owia anaa ɔsram anaa ɔsoro asafo biara,+ biribi a memmaa ho kwan,+ 4 na sɛ wɔka kyerɛ wo anaa wote ho asɛm a, hwehwɛ asɛm no mu yiye. Sɛ ɛbɛda adi sɛ ampa wayɛ akyiwade a ɛte saa wɔ Israel a,+ 5 ɛnde fa ɔbarima anaa ɔbea a ɔyɛɛ saa bɔne no bra kurow no pon ano, na siw ɔbarima anaa ɔbea no abo kum no.+ 6 Adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so+ na wonnyina nkum no. Ɛnsɛ sɛ wogyina ɔdansefo baako anom asɛm so kum no.+ 7 Adansefo no nni kan nsiw no abo, na ɔman no nyinaa nni akyi nsiw no abo nkum no. Yɛ saa fa yi adebɔne no fi wo mu.+

8 “Sɛ asɛm bi sɔre wɔ wo nkurow no baako mu, na sɛ asɛm no mu yɛ duru ma wo sɛ wubedi a, sɛ ɛyɛ mogyahwiegu ho asɛm oo,+ ɛyɛ manso na nkurɔfo retwe oo, ɛyɛ obi na ɔtow hyɛɛ ne yɔnko so oo, sɔre kɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn apaw no,+ 9 na kohu Lewifo a wɔyɛ asɔfo no ne ɔtemmufo+ a ɔwɔ hɔ saa bere no, na fa asɛm no to wɔn anim na wommua mma wo.+ 10 Asɛm biara a wɔbɛka akyerɛ wo wɔ baabi a Yehowa apaw no, di so, na biribiara a wɔbɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ no saa pɛpɛɛpɛ. 11 Mmara no mu asɛm biara a wɔbɛkyerɛ wo anaa atɛn biara a wobebu no, di so.+ Atɛn a wobebu no, mman mfi ho nkɔ benkum anaa nifa.+ 12 Sɛ obi yɛ ahantan na wantie ɔsɔfo a ogyina Yehowa wo Nyankopɔn anim resom anaa ɔtemmufo no a, ɛsɛ sɛ owu;+ yi adebɔne no fi Israel.+ 13 Ɛba saa a, ɔman no nyinaa bɛte na wɔasuro, na obiara amma ne ho so bio.+

14 “Sɛ wunya kɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no tena so, na woka sɛ, ‘Ma minsi ɔhene na onni me so te sɛ aman a atwa me ho ahyia+ no nyinaa’ a, 15 ɛnde obi a Yehowa wo Nyankopɔn beyi no na ɛsɛ sɛ wode no si wo so hene.+ Ma wo nuanom no bi nni wo so hene. Worentumi mma ɔhɔho a ɔnyɛ wo nua nni wo so. 16 Nanso ɛnsɛ sɛ ɔhwehwɛ apɔnkɔ pii+ anaa ɔma nkurɔfo no san kɔ Egypt kɔpɛ apɔnkɔ pii,+ efisɛ Yehowa ka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Monnsan mo akyi nnkɔfa ɔkwan yi so bio.’ 17 Afei nso, ɛnsɛ sɛ ɔware mmea bebree na ne koma amman,+ na ɛnsɛ sɛ ɔhwehwɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ pii nso.+ 18 Sɛ ɔbɛtena n’ahengua so a, Mmara a ɛwɔ Lewifo a wɔyɛ asɔfo no nkyɛn no,+ ɔnhwɛ so nkyerɛw bi wɔ nhoma* mu.

19 “Ɔmfa nto ne ho na ɔnkenkan no ne nkwa nna nyinaa+ na ama wasua sɛ obesuro Yehowa ne Nyankopɔn, na wadi Mmara yi mu nsɛm ne ahyɛde yi nyinaa so.+ 20 Ɔyɛ saa a, ɔremma ne ho so nsen ne nuanom wɔ ne koma mu, na ɔremman mfi ahyɛde yi ho nkɔ benkum anaa nifa, na ama watena n’ahengua no so akyɛ wɔ Israel, ɔne ne mma nyinaa.

18 “Lewifo a wɔyɛ asɔfo no, Lewi abusuakuw no nyinaa, wɔremma obiara kyɛfa anaa agyapade biara wɔ Israel. Yehowa kyɛfa a ɛne afɔre a wɔde ogya hyew ma no no, ɛno na wobedi.+ 2 Enti ɛnsɛ sɛ wonya agyapade biara wɔ wɔn nuanom mu. Yehowa ne wɔn agyapade, sɛnea waka akyerɛ wɔn no.

3 “Nea ɔman no de bɛma asɔfo no ni: Obiara a ɔde aboa bɛbɔ afɔre no, nantwi oo, oguan oo, ɔmfa n’abasa, n’abogye, ne n’afuru mma asɔfo no. 4 Fa wo nnɔbae a edi kan, wo bobesa foforo, wo ngo, ne wo nguan ho nwi a wubedi kan atwitwa ma no.+ 5 Yehowa wo Nyankopɔn ayi ɔne ne mma afi wo mmusuakuw no nyinaa mu sɛ wɔnsom wɔ Yehowa din mu daa.+

6 “Nanso sɛ Lewini bi te Israel nkurow no bi mu+ na ɔpɛ* sɛ ɔkɔ baabi a Yehowa apaw* no+ a, 7 ɛnde ɔno nso betumi asom wɔ Yehowa ne Nyankopɔn din mu sɛnea ne nuanom Lewifo a wogyina Yehowa anim no nyinaa som no.+ 8 Nea wobedi no, wɔbɛkyɛ mu pɛ ama ɔno nso anya ne kyɛfa,+ na nea obenya afi n’agyanom nneɛma a ɔbɛtɔn mu no, ɛno nso bɛyɛ ne dea.

9 “Sɛ wudu asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so a, nsua akyiwade a saa aman no yɛ no bi.+ 10 Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: obi a ɔhyew ne babarima anaa ne babea wɔ ogya mu,*+ nea ɔhyɛ abosonkɔm anaa oyi nkonyaa,+ nea ɔkɔ abisa,+ nea odi asumansɛm,+ 11 nea ɔkyekyere* nkurɔfo, nea ɔkɔ akɔmfo anaa wɔn a wɔka daakye asɛm hɔ,+ anaa nea ɔne awufo kasa.+ 12 Yehowa kyi obiara a ɔyɛ saa nneɛma yi bi, na saa akyiwade yi nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim. 13 Hwɛ na wo ho amma asɛm wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+

14 “Aman a worekotu wɔn no tie nkonyaayifo+ na wɔkɔ abisa.+ Nanso wo de, Yehowa wo Nyankopɔn mma kwan sɛ wobɛyɛ saa nneɛma yi. 15 Yehowa wo Nyankopɔn beyi odiyifo bi a ɔte sɛ me afi wo nuanom mu ama wo; ɛsɛ sɛ wutie no.+ 16 Ɛda a ɔman no bɔɔ gua no, eyi ne mmuae a wunyae bere a wode w’abisade too Yehowa wo Nyankopɔn anim wɔ Horeb no.+ Saa da no na wokae sɛ, ‘Mma mennte Yehowa me Nyankopɔn nne bio, na mma minnhu ogya kɛse yi bio na manwu.’+ 17 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nea wɔaka no ye. 18 Meyi odiyifo bi a ɔte sɛ wo afi wɔn nuanom mu ama wɔn,+ na mede me nsɛm bɛhyɛ n’ano,+ na nea mɛka akyerɛ no biara, ɔbɛka akyerɛ wɔn.+ 19 M’asɛm a ɔbɛka wɔ me din mu no, sɛ obi antie a, mebisa saa onipa no.+

20 “‘Na sɛ odiyifo bi di ahantansɛm de me din ka asɛm a mensomaa no sɛ ɔnka anaa ɔka asɛm bi wɔ anyame foforo din mu a, ɛsɛ sɛ saa odiyifo no wu.+ 21 Nanso ebia wobɛka wɔ wo komam sɛ: “Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ asɛm no mfi Yehowa hɔ?” 22 Sɛ odiyifo no de Yehowa din ka asɛm bi na amma mu a, ɛnde na asɛm no mfi Yehowa. Ahantan na ɛmaa odiyifo no yɛɛ saa. Nsuro no.’

19 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn sɛe aman a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn nsaase rema wo no, na wokɔtena wɔn nkurow ne wɔn afi mu a,+ 2 yi nkurow abiɛsa wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+ 3 Kyɛ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no mu abiɛsa, na siesie akwan a ɛkɔ nkurow no mu no, na sɛ obi kum onipa a, watumi aguan akɔ nkurow no baako mu.

4 “Sɛ obi kum onipa a, nea ɛbɛma waguan akɔ hɔ akonya ne ti adidi mu ne sɛ, wanhyɛ da na okum ne yɔnko no, na na ɔntan no dedaw.+ 5 Ebi ne sɛ ebia obi ne ne yɔnko akɔ anyina na wama abonnua so sɛ ɔretwa gya wɔ wuram na dade no ahɔn afi dua no so abɛbɔ ne yɔnko no akum no. Ɛba saa a, nea wakum onipa no nguan nkɔ nkurow yi baako mu na onnya nkwa.+ 6 Anyɛ saa a, anhwɛ a nea wɔakum no no busuani*+ no de abufuhyew bɛtaa nea wakum ne ho nipa no so, na esiane sɛ ɔkwan no ware nti, ɔbɛkɔ akɔto no akum no. Nanso ɛnsɛ sɛ owu, efisɛ na ɔntan ne yɔnko no.+ 7 Ɛno nti na mereka akyerɛ wo sɛ: ‘Yi nkurow abiɛsa’ no.

8 “Sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn kaa w’agyanom ntam no, sɛ ɔtrɛw w’ahye mu+ na ɔde asaase a ɔhyɛɛ w’agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no nyinaa ma wo a,+ 9 (mmom gye sɛ wudi mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so pɛpɛɛpɛ, wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn, na wonantew n’akwan so daa)+ ɛnde san fa nkurow abiɛsa ka abiɛsa no ho.+ 10 Ɛba saa a, ɛremma wunhwie mogya a edi bem ngu+ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so, na worenni mogya ho fɔ.+

11 “Nanso sɛ ɛba sɛ obi tan ne yɔnko+ na ɔkɔtɛw no na ɔtow hyɛ no so de biribi bɔ no* pira no ma owu, na oguan kɔ nkurow yi bi mu a, 12 ɛnde ne kurom mpanyimfo nsoma nkɔfa no mfi hɔ, na wɔmfa no nhyɛ nea wɔakum no no busuani* nsa, na onkum no.+ 13 Nhu no mmɔbɔ; yi mogya a edi bem ho asodi fi Israel so+ na asi wo yiye.

14 “Sɛ wunya kɔtena asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so, na wo nsa ka w’agyapade a, mpia wo yɔnko hye+ a wo nananom ato dedaw wɔ asaase no so no.

15 “Ɛnsɛ sɛ mugyina onipa baako adanse so bu obi fɔ* wɔ mfomso anaa bɔne biara a wayɛ ho.+ Adansefo baanu anaa baasa adanse* so na ɛsɛ sɛ asɛm no gyina.+ 16 Sɛ obi de adwemmɔne kodi ne yɔnko ho adanse a ɛnyɛ nokware*+ sɛ wato mmara a, 17 nnipa baanu a asɛm no fa wɔn ho no mmra Yehowa anim mmegyina asɔfo ne atemmufo a wɔwɔ hɔ saa bere no anim.+ 18 Ma atemmufo no nhwehwɛ asɛm no mu yiye,+ na sɛ ɛbɛda adi sɛ ɔdansefo no redi adanse a ɛnyɛ nokware na watwa asɛm ato ne nua no so a, 19 ɛnde ade a ɔbɔɔ pɔw sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no, mo nso monyɛ no saa ara,+ na munyi adebɔne no mfi mo mu.+ 20 Ɛba saa a, wɔn a wɔaka no bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa bio wɔ mo mu.+ 21 Nhu obiara mmɔbɔ:+ Nkwa* nsi nkwa* ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+

20 “Sɛ wo ne w’atamfo rekɔko na wuhu sɛ wɔwɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne dɔm pii sen wo a, nsuro wɔn, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii Egypt asaase so no ka wo ho.+ 2 Sɛ morebɛkɔ ɔko a, ɔsɔfo no mmɛkasa nkyerɛ asraafo no.+ 3 Ɔnka sɛ, ‘O Israel muntie, ɛnnɛ morekɔ mo atamfo so ne wɔn akɔko. Mommma mo koma nntu, munnsuro wɔn, na mommmɔ hu, na mommma mo ho mmpopo, 4 efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn ka mo ho, na ɔne mo atamfo bɛko ama mo na wagye mo.’+

5 “Mpanyimfo no nso mmɛka nkyerɛ asraafo no sɛ, ‘Hena na wasi ofi foforo a ommuee ano? Ɔnsan nkɔ ne fi na wankowu wɔ akono amma obi foforo ammue ano. 6 Hena na wayɛ bobefuw* a onnya ntew so aba? Ɔnsan nkɔ ne fi na wankowu wɔ akono amma obi foforo amfa. 7 Hena na ɔde n’ano ato ɔbea bi so sɛ ɔbɛware no? Ɔnsan nkɔ ne fi+ na wankowu wɔ akono amma ɔbarima foforo anware no.’ 8 Mpanyimfo no nsan nka nkyerɛ asraafo no sɛ, ‘Hena na osuro na ne koma atu?+ Ɔnsan nkɔ ne fi na wantu ne nuanom koma sɛnea ne koma atu no.’*+ 9 Sɛ mpanyimfo no ne asraafo no kasa wie a, wɔmpaw asahene nsisi asraafo no so na wonni asraafo no anim.

10 “Sɛ wo ne kurow bi rekɔko a, bɔ dawuru nso na ɛhɔfo nhu nea wɔyɛ a ɛde asomdwoe bɛba.+ 11 Sɛ kurow no mufo de asomdwoe hyia wo na wobue wɔn apon ma wo a, ɛnde fa emu nnipa nyinaa yɛ nkoa na wɔnsom wo.+ 12 Nanso sɛ kurow no amfa asomdwoe anhyia wo na sɛ ɛpɛ sɛ ɛne wo ko a, ka kurow no hyem, 13 na Yehowa wo Nyankopɔn nso de kurow no bɛhyɛ wo nsa, na fa sekan kunkum emu mmarima nyinaa. 14 Nanso kurow no mu mmea, mmofra, nyɛmmoa, ne biribiara a ɛwɔ hɔ de, wubetumi afa ne nyinaa.+ Nneɛma a wubenya afi w’atamfo hɔ wɔ ɔko mu no bɛyɛ wo dea; Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo.+

15 “Saa na fa yɛ nkurow a ɛne wo ntam twe paa no nyinaa, nea ɛnka aman a ɛbɛn wo yi nkurow ho no. 16 Nanso aman a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapade yi de, nnyaw biribiara a ɛhome wɔ nkurow no mu.+ 17 Mmom sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no, Hitifo, Amorifo, Kaananfo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo no,+ sɛe wɔn pasaa. 18 Sɛe wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a akyiwade biara a wɔyɛ ma wɔn anyame no, wɔrenkyerɛ mo na monkɔyɛ bi, na moanyɛ bɔne antia Yehowa mo Nyankopɔn.+

19 “Sɛ woka kurow bi hyem, na wopɛ sɛ wudi so nkonim na sɛ wo ne kurow no ako nna pii a, mfa abonnua nsɛe ɛhɔ nnua.+ Wubetumi adi ɛso aba no bi, nanso ntwitwa ngu. Adɛn, dua yɛ onipa na woaka no ahyem? 20 Nnua a wonni n’aba de, wubetumi atwitwa. Wubetumi atwitwa bi de asisi akoban* atwa kurow a ɛne wo reko no ho ahyia kosi sɛ ɛbɛhwe ase.

21 “Sɛ wokɔtena asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so na sɛ wokɔto sɛ wɔakum obi ato wuram, na obiara nnim nea okum no a, 2 wo kurom mpanyimfo ne atemmufo+ nkosusuw mfi faako a nea wawu no da no nkɔ nkurow a ɛbemmɛn hɔ no. 3 Mpanyimfo a wɔwɔ kurow a ɛbɛn nea wawu no paa mfa nantwi ba a ɔnyɛɛ adwuma da na wɔmfaa kɔndua ntoo no so da mmra. 4 Kurow no mu mpanyimfo no mfa nantwi ba no nkɔ subon a nsu resen wom mu, baabi a wɔnnɔw da na wonnuaa hwee wɔ hɔ da. Afei wommu nantwi ba no kɔn mu wɔ subon no mu.+

5 “Lewifo a wɔyɛ asɔfo no mmra hɔ efisɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom+ no na wɔmfa Yehowa din nhyira nkurɔfo.+ Sɛ obi tow hyɛ ne yɔnko so anaa awudisɛm bi sɔre a, wɔn anom asɛm so na wobegyina abua asɛm no.+ 6 Afei mpanyimfo a wɔwɔ kurow a ɛbɛn nea wawu no mu nyinaa mmra, na wɔnhohoro wɔn nsa+ ngu nantwi ba a wɔabu ne kɔn mu wɔ subon no mu no so, 7 na wɔnka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛamfa yɛn ani nso anhu sɛ obi reyɛ saa. 8 O Yehowa, mmu wo man Israel a woagye wɔn+ no fɔ wɔ asɛm yi mu, na mma mogya a edi bem ho asodi nntena wo man Israel mu.’+ Wɔyɛ saa a, ɛnde wɔremfa mogya ho asodi nto wɔn so. 9 Ɛno bɛma woayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na woayi mogya a edi bem ho asodi afi wo mu.

10 “Sɛ wo ne w’atamfo kɔko na Yehowa wo Nyankopɔn ma wudi wɔn so nkonim na wode wɔn yɛ nkoa,+ 11 na wuhu ɔbea bi wɔ nkoa no mu a ne ho yɛ fɛ, na w’ani gye ne ho na wopɛ sɛ woware no a, 12 wubetumi de no akɔ wo fi. Afei ma onyi ne ti nwi, ommubu ne mmɔwerɛw,* 13 onyi n’ataade a ɔde baa nkoasom mu no, na ɔntena wo fi nsu ne papa ne ne maame bosome baako.+ Sɛ owie a, wo ne no nna; wobɛyɛ ne kunu na ɔno nso bɛyɛ wo yere. 14 Na sɛ w’ani nnye ne ho a, gyaa no ma ɔnkɔ+ baabiara a ɔpɛ.* Woabrɛ no ase, enti hwɛ na woantɔn no anaa woanyɛ no basabasa.

15 “Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom baanu na ɔdɔ baako sen baako,* na sɛ ɔne mmea baanu no nyinaa wo mmarima, na nea ɔnnɔ no kɛse no ba ne ɔpanyin a,+ 16 ɛnde da a ɔbɛkyɛ n’agyapade ama ne mma no, ɔrentumi nsian nea ɔnnɔ no kɛse no ba a ɔyɛ ɔpanyin no ho mfa abakan kyɛfa no mma nea ɔdɔ no no ba no. 17 Nea ɔnnɔ no kɛse no ba no, ɔno na ɛsɛ sɛ obu no sɛ abakan, na sɛ ɔkyɛ n’agyapade a, ɛsɛ sɛ ɔma no kyɛfa* abien. Efisɛ ɔno ne n’ahoɔden mfiase. Abakan dibea yɛ ne dea.+

18 “Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔba otuatewfo a n’aso yɛ den, na sɛ ontie ne papa ne ne maame asɛm,+ na wotu no fo na ontie a,+ 19 ɛnde ne papa ne ne maame mfa no mmra ne kurom mpanyimfo anim wɔ kurow no pon ano, 20 na wɔnka nkyerɛ ne kurom mpanyimfo sɛ, ‘Yɛn ba yi yɛ otuatewfo a n’aso yɛ den na ontie yɛn asɛm. Ɔyɛ odidifo*+ ne ɔsabofo.’+ 21 Afei ne kurom mmarima nyinaa nsiw no abo mma onwu. Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfi mo mu na Israelfo nyinaa nte na wonsuro.+

22 “Sɛ ɔbarima bi yɛ bɔne na ɔfata owu, na mukum+ no de no sɛn dua so a,+ 23 mommma n’amu nnsɛn dua no so mmma ade nnkye so.+ Monhwɛ nsie no da no ara efisɛ obiara a wɔasɛn no dua so no, Onyankopɔn nnome wɔ no so;+ mommma efĩ nnka asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo sɛ agyapade no.+

22 “Sɛ wuhu wo nua nantwi anaa ne guan sɛ wayera a, nyi w’ani nto nkyɛn.+ Fa no kɔma wo nua no. 2 Nanso sɛ wo nua no mmɛn wo anaa wunnim no a, ɛnde fa aboa no bra wo nkyɛn wɔ wo fi kɔpem sɛ wo nua no bɛba abɛhwehwɛ no, na wode no ama no.+ 3 Sɛ wo nua afurum, n’ataade, anaa ne biribiara yera na wuhu a, yɛ saa ara; ɛnsɛ sɛ wuyi w’ani.

4 “Sɛ wuhu sɛ wo nua afurum anaa ne nantwi da kwan mu a, nyi w’ani nto nkyɛn. Boa no ma ɔmma aboa no so.+

5 “Ɛnsɛ sɛ ɔbea hyɛ ɔbarima ataade, na ɛnsɛ sɛ ɔbarima nso hyɛ ɔbea ataade. Yehowa wo Nyankopɔn kyi obi a ɔyɛ eyinom.

6 “Sɛ wokɔto sɛ anomaa berebuw sɛn dua so anaa ɛda fam, na anomaa mma anaa nkosua wom, na maame no butuw ne mma anaa ne nkosua so a, hwɛ na woamfa maame no anka ne mma no ho ankɔ.+ 7 Ma maame no nkɔ na fa ne mma no. Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woanyin akyɛ.

8 “Sɛ wusi ofi foforo a, gye ban wɔ ɔdan no atifi+ na obi amfi hɔ anhwe ase, na wo fi no anni mogya ho fɔ.

9 “Ɛnsɛ sɛ wudua aba abien a ɛsono emu biara wɔ wo bobefuw* mu,+ anyɛ saa a wobegye nnɔbae no ne bobefuw no mu aba nyinaa akɔ tenabea kronkron hɔ.

10 “Mfa nantwi ne afurum mmom mfuntum asaase.+

11 “Nhyɛ ataade a wɔde oguan nwi ne nwera abom anwene.+

12 “Ntama biara a wubefura no, yɛ pɔw tuatua ano anan no.+

13 “Sɛ ɔbarima ware na ɔne ɔbea no da, na ɔmpɛ no bio* a, 14 ebia ɔbɛbɔ ɔbea no sobo sɛ wabu bra bɔne na wagu n’anim ase sɛ, ‘Ɔbea yi, mewaree no, nanso me ne no dae no, manhu hwee a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbaabun.’ 15 Ɛba saa a, ababaa no papa ne ne maame mfa nea ɛkyerɛ sɛ ababaa no yɛ ɔbaabun mmɛkyerɛ kurow no mu mpanyimfo wɔ kurow no pon ano. 16 Afei ababaa no papa nka nkyerɛ mpanyimfo no sɛ, ‘Mede me babea maa ɔbarima yi aware, nanso ɔmpɛ no.* 17 Wabɔ no sobo sɛ wabu bra bɔne na waka sɛ: “Manhu hwee a ɛkyerɛ sɛ wo babea no yɛ ɔbaabun.” Nanso nea ɛkyerɛ sɛ na me babea no yɛ ɔbaabun ni.’ Afei wɔntrɛw ntama no mu wɔ kurom hɔ mpanyimfo anim, 18 na kurom hɔ mpanyimfo+ no ntwe ɔbarima no aso.+ 19 Wobegye ɔbarima no nnwetɛbona* 100 de ama ababaa no papa, efisɛ wagu Israelni baabun anim ase.+ Ɔbɛkɔ so ne no atena sɛ ne yere; ne nkwa nna nyinaa, ɔrentumi nnyaa no.

20 “Na sɛ ɛba sɛ asɛm no yɛ nokware na wɔanhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ababaa no yɛ ɔbaabun a, 21 ɛnde wɔmfa ababaa no mmegyina ne papa fi anim na ne kurom mmarima nsiw no abo nkum no, efisɛ wabɔ aguaman* wɔ ne papa fi+ ayɛ aniwude+ wɔ Israel. Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfi mo mu.+

22 “Sɛ ɔbarima bi ne obi yere da na wɔkyere wɔn a, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbea no nyinaa, ɛsɛ sɛ wokum wɔn.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfi Israel.

23 “Sɛ ɔbarima bi de n’ano to ababaa a ɔyɛ ɔbaabun so na ɔbarima foforo hu no wɔ kurom na ɔne no da a, 24 momfa wɔn baanu mmra kurow no pon ano na munsiw wɔn abo nkum wɔn. Nea enti a ɛsɛ sɛ wɔn baanu no wu ne sɛ, na ababaa no wɔ kurom nanso wanteɛteɛm, na ɔbarima no nso agu ne yɔnko yere anim ase.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfi mo mu.

25 “Nanso ababaa a obi de n’ano ato no so no, sɛ ɔbarima no hyiaa no wɔ wuram ɛnna ɔyeree no ne no dae a, ɛnde ɔbarima a ɔne no dae no nkutoo na obewu. 26 Ababaa no de, nyɛ no hwee. Ɔnyɛɛ bɔne biara a enti ɛsɛ sɛ owu. Asɛm yi te sɛ nea ɔbarima bi atow ahyɛ ne yɔnko so akum no* pɛpɛɛpɛ.+ 27 Wuram na ohuu no. Ababaa a obi de n’ano ato no so no teɛteɛɛm, nanso na obiara nni hɔ a obegye no.

28 “Sɛ ɔbarima bi hu ababaa bi a ɔyɛ ɔbaabun a obiara mfaa n’ano ntoo no so, na ɔkyere no ne no da na wohu wɔn a,+ 29 ɔbarima a ɔne no dae no ntua sika nnwetɛbona 50 mma ɔbea no papa na ɔnware no,+ efisɛ wagu n’anim ase. Ne nkwa nna nyinaa ɔrentumi nnyaa no.

30 “Ɛnsɛ sɛ obiara fa ne papa yere, na wangu ne papa anim ase.*+

23 “Ɔbarima biara a wɔasa no, kyerɛ sɛ wɔapɛtɛw ne hwea mu aba anaa nea ne barima so atwa rentumi mma Yehowa asafo mu.+

2 “Ɛnsɛ sɛ aguaman ba biara ba Yehowa asafo mu.+ N’awo ntoatoaso a ɛto so du a wobedi n’akyi aba mpo rentumi mma Yehowa asafo mu.

3 “Ɛnsɛ sɛ Ammonni anaa Moabni biara ba Yehowa asafo mu.+ Wɔn awo ntoatoaso a ɛto so du a wobedi wɔn akyi aba mpo rentumi mma Yehowa asafo mu da, 4 efisɛ bere a mufi Egypt reba no,+ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia mo wɔ kwan so. Afei wɔbɔɔ paa sɛ Beor ba Baalam a ofi Petor a ɛwɔ Mesopotamia no nnome mo.*+ 5 Nanso Yehowa wo Nyankopɔn antie Baalam,+ na mmom Yehowa wo Nyankopɔn sesaa nnome no yɛɛ no nhyira maa wo,+ efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn dɔ wo.+ 6 Wo nkwa nna nyinaa, nyɛ biribi a ɛbɛma asi wɔn yiye anaa wɔanya nkɔso.+

7 “Ntan Edomni, efisɛ ɔyɛ wo nua.+

“Ntan Egyptni nso, efisɛ na woyɛ ɔhɔho wɔ ne kurom.+ 8 Awo ntoatoaso a ɛto so abiɛsa a wɔbɛwo wɔn no betumi aba Yehowa asafo mu.

9 “Sɛ wokɔsoɛ baabi sɛ wo ne w’atamfo rekɔko a, twe wo ho fi adebɔne biara* ho.+ 10 Sɛ ɔbarima bi ho ba+ anadwo ma ɛno nti ne ho gu fi a, ɔnkɔ asoɛe no akyi. Ɛnsɛ sɛ ɔsan ba asoɛe hɔ. 11 Sɛ edu anwummere a, ɔmfa nsu nguare, na afei bere a owia akɔtɔ no, ɔnsan mmra asoɛe hɔ.+ 12 Yɛ baabi* wɔ asoɛe no akyi a wobɛkɔ akɔyɛ wo ho yiye wɔ hɔ. 13 Sɛ wokɔ mfikyiri hɔ sɛ worekɔkotow agya w’anan a, nya ɔsosɔw wɔ wo nneɛma mu na wode atu amoa, na wuwie a wode akata wo tiafi so. 14 Efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn nam w’asoɛe hɔ+ sɛ obegye wo na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa. Enti ma w’asoɛe hɔ nyɛ kronkron+ na wammehu atantanne biara wɔ wo mfinimfini na wantwe ne ho amfi wo ho.

15 “Sɛ akoa guan fi ne wura nkyɛn ba wo hɔ a, nsan mfa no nkɔma ne wura. 16 Ma ɔntena wo nkyɛn wɔ baabiara a ɔpɛ wɔ wo nkurow no bi mu. Hwɛ na woanteetee no.+

17 “Ɛnsɛ sɛ Israelni bea biara yɛ tuutuuni+ wɔ asɔrefi, na saa ara na ɛnsɛ sɛ Israelni barima biara yɛ tuutuuni wɔ asɔrefi.+ 18 Mfa tuutuuni bea akatua anaa tuutuuni barima* akatua mma sɛ wode rebetua wo bɔhyɛ ade wɔ Yehowa wo Nyankopɔn fi, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn kyi wɔn nyinaa.

19 “Mma wo nua nntua nsiho+ wɔ biribiara ho; sika ho nsiho oo, aduan ho nsiho oo, biribi foforo biara ho nsiho oo, mma wo nua nntua. 20 Wubetumi agye ɔhɔho nsiho,+ nanso wo nua de, nnye no nsiho+ na ama Yehowa wo Nyankopɔn ahyira biribiara a wobɛyɛ wɔ asaase a worekɔtena so no so.+

21 “Sɛ wohyɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɔ a,+ ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi so,+ anyɛ saa a Yehowa wo Nyankopɔn bebisa wo ɔkwan biara so, na ɛbɛdan bɔne ama wo.+ 22 Sɛ wonhyɛɛ bɔ de a, wonyɛɛ bɔne.+ 23 Asɛm biara a ebefi w’anom aba no, hwɛ di so,+ na biribiara a wobɛhyɛ bɔ sɛ wode bɛbɔ ayamye afɔre ama Yehowa wo Nyankopɔn no, yɛ nea wode w’ano aka no pɛpɛɛpɛ.+

24 “Sɛ wokɔ wo yɔnko bobefuw* mu a, di aba dodow a ɛbɛmee wo,* nanso mfa bi ngu w’ade mu nkɔ.+

25 “Sɛ wokɔ wo yɔnko afuw mu a, fa wo nsa pempan hwiit* a anyin no bi, nanso hwɛ na woantwe kantankrankyi* anto wo yɔnko afuw so.+

24 “Sɛ ɔbarima ware ɔbea na ohu sɛ ɔbea no ayɛ aniwude bi ma enti ɔmpɛ no bio a, ɛnde ɔnkyerɛw awaregyae krataa+ nhyɛ ɔbea no nsam na ɔmma omfi ne fi nkɔ.+ 2 Sɛ ofi fie hɔ a, obetumi akɔware ɔbarima foforo.+ 3 Na sɛ ɔbarima a ɔto so abien no nso mpɛ no bio na ɔkyerɛw awaregyae krataa de hyɛ ne nsam pam no fi ne fi anaasɛ ɔbarima a ɔto so abien no wu a, 4 ne kunu a odi kan a ɔpam no no rentumi nware no bio efisɛ ɔbea no ho ntew mma no. Nneyɛe a ɛtete saa nyinaa yɛ Yehowa akyiwade. Hwɛ na woamfa bɔne amma asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.

5 “Sɛ ɔbarima ware foforo a, ɛnsɛ sɛ wɔma ɔkɔ ɔko, na ɛnsɛ sɛ wɔma no dwumadi foforo biara nso. Ɔntena fie afe baako na ɔmma ne yere ani nnye.+

6 “Ɛnsɛ sɛ obiara gye ɔbo a wɔyam so ade anaa ɔbo a wɔde yam ade fi ne yɔnko hɔ de si awowa.+ Sɛ ɔyɛ saa a, ɛyɛ n’ano aduan* na wagye de asi awowa.

7 “Sɛ wohu obi sɛ wakyere* ne nua Israelni bi asie, na watan n’ani atɔn no a,+ nea ɔkyeree ne yɔnko siei no, ɛsɛ sɛ wokum no.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfi mo mu.+

8 “Sɛ kwata* tew si ɔman no mu a, hwɛ yiye paa, na yɛ nea Lewifo a wɔyɛ asɔfo no bɛkyerɛ wo nyinaa.+ Hwɛ di nea maka akyerɛ wɔn no so pɛpɛɛpɛ. 9 Kae nea Yehowa wo Nyankopɔn de yɛɛ Miriam wɔ kwan so, bere a mufi Egypt reba no.+

10 “Bosea biara a wobɛbɔ wo yɔnko no,+ nkɔ ne fi nkogye nea ɔde resi awowa no. 11 Gyina abɔnten ma nea ogyee bosea no nkɔfa nea ɔde resi awowa no mmrɛ wo wɔ abɔnten hɔ. 12 Na sɛ onii no wɔ ahokyere mu a, nea ɔde asi awowa a ɛwɔ wo nkyɛn no, hwɛ na woamma ade ankye so.+ 13 Owia kɔtɔ ara pɛ a, san fa nea ɔde sii awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntama no nkɔda+ na onhyira wo. Na Yehowa wo Nyankopɔn nso bebu wo sɛ woyɛ ɔtreneeni.

14 “Nsisi ɔpaani hianiwa a ne ho akyere no; wo nua oo, ɔhɔho a ɔte w’asaase so wɔ wo kurow* mu oo, nsisi no.+ 15 Tua no ka saa da no ara+ ansa na owia akɔtɔ, efisɛ ne ho akyere no, na n’akatua no ara ne n’anidaso.* Anyɛ saa na osu frɛ Yehowa a, ɛbɛdan bɔne ama wo.+

16 “Ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ mma bɔne ho kum wɔn agyanom, na ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ agyanom bɔne ho kum wɔn mma.+ Obiara bɔne ho na wonkum no.+

17 “Sɛ ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu anaa agyanka de n’asɛm ba w’anim a, nkyea atemmu,+ na nnye okunafo ntama mfa nsi awowa.+ 18 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt na Yehowa wo Nyankopɔn gyee wo fii hɔ.+ Ɛno nti na mede mmara yi rema wo sɛ di so no.

19 “Sɛ wutwa w’afuw mu nnɔbae na wo werɛ fi nnɔbae a wɔakyekyere no bi a, nsan nkɔfa. Gyaw ma ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafo,+ sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa wo Nyankopɔn behyira nea woyɛ nyinaa so.+

20 “Sɛ woporow wo ngodua a, nsan nkɔfa so bio. Gyaw nea aka wɔ dua no so no ma ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafo.+

21 “Sɛ wotew wo bobefuw* mu aba a, nsan w’akyi nkɔtetew nea aka wɔ so no. Gyaw ma ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafo. 22 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt asaase so. Ɛno nti na mede mmara yi rema wo sɛ di so no.

25 “Sɛ nnipa baanu nya asɛm a, wɔmfa mmra atemmufo no anim,+ na wommu atɛn; wommu nea n’asɛm yɛ dɛ no bem na wommu nea n’asɛm nyɛ dɛ no fɔ.+ 2 Sɛ ɛfata sɛ wɔhwe nea odi fɔ no a,+ ɔtemmufo no mma ɔnna hɔ, na wɔmmɔ no mmaa dodow a ɛne ne bɔne no sɛ wɔ ɔtemmufo no anim. 3 Obetumi abɔ mmaa no akodu 40;+ ɛnsɛ sɛ ɛboro so. Anyɛ saa na ɔhwe no boro saa a, wo nua no anim begu ase wɔ w’anim.

4 “Sɛ nantwi reporow hwiit a, ɛnsɛ sɛ wokyekyere n’ano.+

5 “Sɛ anuanom bi wɔ hɔ na baako wu na sɛ onni ba a, ɛnsɛ sɛ nea wawu no yere kɔware abɔntensoni. Mmom ne kunu nua no nyɛ n’asɛde na ɔnware no.+ 6 Abofra a ɔbea no bedi kan awo no no, wɔmfa ne nua a wawu no din nto no,+ na ne nua no din anyera amfi Israel.+

7 “Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua a wawu no yere a, ɛnde okunafo no nkɔ mpanyimfo no nkyɛn wɔ kurow no pon ano na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Me kunu nua no mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel. Ɔmpɛ sɛ ɔyɛ n’asɛde na ɔware me.’ 8 Afei ne kurom mpanyimfo no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no. Na sɛ ne nyinaa akyi ɔka sɛ, ‘Mempɛ sɛ meware ɔbea no’ a, 9 ɛnde ɔbea no nyi ne kunu nua no nan ase mpaboa+ wɔ mpanyimfo no anim, na ɔntew ntasu ngu n’anim nka nkyerɛ no sɛ, ‘Saa na ɛsɛ sɛ wɔyɛ obi a ɔmpɛ sɛ ɔkyekye ne nua fi.’ 10 Efi saa bere no rekɔ, edin a wɔde bɛfrɛ ne fi* wɔ Israel ni: ‘Nea woyii ne mpaboa no fi.’

11 “Sɛ mmarima baanu reko na ɔbaako yere ba sɛ ɔrebegye ne kunu afi nea ɔreboro no no nsam, na oso ne barima mu a, 12 twa ɔbea no nsa fi so. Nhu no mmɔbɔ.

13 “Mfa nkaribo ahorow abien, kɛse baako ne ketewa baako nhyɛ wo kotoku mu.+ 14 Mfa susude ahorow abien,+ kɛse baako ne ketewa baako* mma wo fi. 15 Fa nkaribo a edi mu na ɛyɛ papa kari biribiara, na fa susude a edi mu na ɛyɛ papa susuw biribiara, na woanyin akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+ 16 Yehowa wo Nyankopɔn kyi osisifo biara a ɔyɛ saa nneɛma no.+

17 “Kae nea Amalekfo de yɛɛ mo bere a mufi Egypt reba no.+ 18 Kae sɛ bere a wonam kwan so a woabrɛ na woahodwow no, wɔbɛtow hyɛɛ wɔn a ɔbrɛ nti wɔaka akyi no so; wɔansuro Onyankopɔn. 19 Sɛ wudu asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapade+ no so, na Yehowa wo Nyankopɔn ma wohome fi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia no nsam a, popa Amalekfo fi hɔ na wɔankae wɔn bio wɔ ɔsoro ase.+ Mma wo werɛ mmfi.

26 “Sɛ wunya kɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapade no tena so a, 2 fa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so aba a edi kan no biara bi gu kɛntɛn mu kɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛpaw de ne din ato no.+ 3 Kɔ ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ saa bere no nkyɛn na ka kyerɛ no sɛ, ‘Mepɛ sɛ nnɛ meka kyerɛ Yehowa wo Nyankopɔn sɛ mabedu asaase a Yehowa kaa yɛn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so.’+

4 “Afei ma ɔsɔfo no nnye kɛntɛn no mfi wo nsam na ɔmfa nsi Yehowa wo Nyankopɔn afɔremuka no anim. 5 Ɛno akyi no, ka wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim sɛ, ‘Ná me papa yɛ Aramni kwantuni*+ a ɔne ne fifo kakraa bi+ kɔtenaa Egypt+ sɛ ahɔho. Nanso wɔbɛyɛɛ ɔman kɛse a wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso.+ 6 Afei Egyptfo no fii ase tan yɛn ani, na wɔhyɛɛ yɛn so ma yɛyɛɛ nkoadwuma a ɛyɛ den.+ 7 Enti yesu frɛɛ Yehowa yɛn agyanom Nyankopɔn, na Yehowa tee yɛn nne na ohuu ahokyere ne amanehunu ne nhyɛso a yɛrefa mu.+ 8 Afei Yehowa nam nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ mu+ ne nneɛma a ɛyɛ hu ne nsɛnkyerɛnne ne anwonwade so yii yɛn fii Egypt.+ 9 Ɛnna ɔde yɛn aba ha sɛ yɛmfa asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so yi.+ 10 Enti mede asaase a Yehowa de ama me no so nnɔbae a edi kan aba.’+

“Fa si Yehowa wo Nyankopɔn anim na kotow Yehowa wo Nyankopɔn anim. 11 Afei wo ne Lewini ne ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no ani nnye sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ama wo ne wo fifo nneɛma pa yi nyinaa.+

12 “Afe a ɛto so abiɛsa no yɛ afe a wode wo nnɔbae nyinaa mu ntotoso du du+ bɛba. Sɛ wode ba a, fa ma Lewini, ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafo, na wonni mmee wɔ wo kurow* mu.+ 13 Afei ka wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim sɛ, ‘Mayi ade kronkron afi me fi de ama Lewini ne ɔhɔho a wabɛsoɛ yɛn mu, agyanka, ne okunafo+ sɛnea ahyɛde a wode ama me no nyinaa te. Mimmuu w’ahyɛde so na memman mfii ho. 14 Bere a meredi awerɛhow no manni bi, na bere a me ho ntew no mamfa me nsa anka bi, na mamfa bi anyɛ biribi amma owufo. Matie Yehowa me Nyankopɔn asɛm, na mayɛ nea woaka akyerɛ me nyinaa. 15 Afei fi wo tenabea kronkron a ɛwɔ soro hɔ hwɛ wo man Israel na hyira wɔne asaase+ a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no,+ sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam no.’+

16 “Yehowa wo Nyankopɔn reka akyerɛ wo nnɛ sɛ di ahyɛde ne atemmusɛm yi so. Enti fa wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa di so na yɛ.+ 17 Ɛnnɛ Yehowa aka akyerɛ wo sɛ, sɛ wonantew n’akwan so na wudi n’ahyɛde,+ ne mmara nsɛm,+ ne n’atemmusɛm+ so na wutie n’asɛm a, ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn. 18 Na ɛnnɛ wo nso woahyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛyɛ ne man, n’agyapade titiriw,*+ sɛnea ɔhyɛɛ wo bɔ no, na wubedi ne mmara nsɛm nyinaa so. 19 Afei nso, sɛ wokɔ so yɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn a,+ ɛnde ɔbɛma wo so asen aman a ɔde wɔn aba wiase+ nyinaa sɛnea wahyɛ bɔ no, na ɛde ayeyi bɛbrɛ wo, na ama woagye din, na ahyɛ wo anuonyam.”

27 Ɛnna Mose ne Israel mpanyimfo no ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi, monhwɛ nni emu biara so. 2 Ɛda a mubetwa Yordan akɔ asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo no so no, monhyehyɛ abo akɛse nsi hɔ na momfa dɔte nsra ho.*+ 3 Afei sɛ mutwa kɔ asuogya a, monkyerɛw Mmara yi mu nsɛm nyinaa ngu so, na monkɔtena asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no so, sɛnea Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ahyɛ mo bɔ no.+ 4 Sɛ mutwa Yordan wie a, monhyehyɛ abo yi wɔ Ebal Bepɔw+ so sɛnea mereka akyerɛ mo nnɛ yi, na momfa dɔte nsra ho.* 5 Bio nso, fa abo si afɔremuka wɔ hɔ ma Yehowa wo Nyankopɔn. Mfa dade biara nyɛ ho adwuma.+ 6 Fa abo a wontwitwaa ho si afɔremuka ma Yehowa wo Nyankopɔn, na bɔ ɔhyew afɔre wɔ so ma Yehowa wo Nyankopɔn. 7 Bɔ asomdwoe afɔre+ na di wɔ hɔ,+ na gye w’ani wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ 8 Na kyerɛw Mmara yi mu nsɛm nyinaa yiye gu abo no so.”+

9 Afei Mose ne Lewifo a wɔyɛ asɔfo no ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa sɛ: “O Israelfo, monyɛ komm na muntie. Ɛnnɛ moabɛyɛ Yehowa mo Nyankopɔn man.+ 10 Muntie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na munni ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde+ a mede rema mo nnɛ yi so.”

11 Saa da no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: 12 “Sɛ mutwa Yordan wie a, mmusuakuw yi na wobegyina Bepɔw Gerisim so aka nhyira no:+ Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef, ne Benyamin. 13 Na eyinom nso na wobegyina Ebal Bepɔw so+ aka nnome no: Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan, ne Naftali. 14 Afei Lewifo no mma wɔn nne so nka mma Israelni biara nte sɛ:+

15 “‘Nnome nka obiara a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen+ anaa dade honi*+ de asie. Ɛyɛ Yehowa akyiwade+ a odwumfo de ne nsa ayɛ.’ (Na ɔman no nyinaa begye so sɛ, ‘Amen!’*)

16 “‘Nnome nka nea obebu ne papa anaa ne maame animtiaa.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

17 “‘Nnome nka nea opia ne yɔnko hye kɔ akyi.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

18 “‘Nnome nka nea ɔbɛma onifuraefo ayera kwan.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

19 “‘Nnome nka nea obu ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, anaa okunafo+ atɛnkyea.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

20 “‘Nnome nka nea ɔne ne papa yere bɛda, efisɛ wagu ne papa anim ase.’*+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

21 “‘Nnome nka nea ɔne aboa biara bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

22 “‘Nnome nka nea ɔne ne nuabea a ɔyɛ ne papa anaa ne maame ba bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

23 “‘Nnome nka nea ɔne ne yere maame bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

24 “‘Nnome nka nea ɔkɔtɛw ne yɔnko na okum no.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

25 “‘Nnome nka nea ogye adanmude* kum obi* a ne ho nni asɛm.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

26 “‘Nnome nka nea ɔremfa Mmara yi mu nsɛm nyɛ adwuma.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

28 “Sɛ woyɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wudi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛma woayɛ kɛse asen asaase so aman nyinaa.+ 2 Wokɔ so yɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm a, nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+

3 “Nhyira bɛka wo wɔ kurom, na nhyira aka wo wɔ afuw mu.+

4 “Nhyira bɛka wo mma*+ ne w’asaase so nnɔbae ne w’ayɛmmoa mma, w’anantwi mma ne wo nguan mma.+

5 “Nhyira bɛka wo kɛntɛn+ ne nea wofɔtɔw mmɔre wom.+

6 “Nhyira bɛka wo wɔ biribiara a woyɛ mu.

7 “W’atamfo a wɔbɛsɔre aba wo so no, Yehowa bɛma woadi wɔn so nkonim.+ Wɔbɛfa ɔkwan baako so aba wo so, nanso akwan ason na wɔbɛfa so aguan afi w’anim.+ 8 Yehowa behyira w’adekoradan ne biribiara a wobɛyɛ so,+ na obehyira wo wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so. 9 Yehowa de wo bɛyɛ ne man kronkron+ sɛnea ɔkaa wo ntam no,+ efisɛ wudi Yehowa wo Nyankopɔn mmara nsɛm so, na wonantew n’akwan so. 10 Asaase so aman nyinaa behu sɛ Yehowa din da wo so,+ na wobesuro wo.+

11 “Yehowa behyira wo ama wo mma adɔɔso, na wo nyɛmmoa ayɛ bebree, na w’afuw bɛma nnɔbae pii+ wɔ asaase a Yehowa kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo no so.+ 12 Yehowa bebue ɔsoro adekoradan a nneɛma pa ahyɛ mu ma ama wo, na watɔ osu agu w’asaase so wɔ ne bere mu,+ na obehyira nea woyɛ nyinaa so. Wobɛma aman bebree bosea, na wo de, woremmɔ obiara hɔ bosea.+ 13 Yehowa wo Nyankopɔn mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi, sɛ wokɔ so di so a, Yehowa de wo bedi kan+ na ɛnyɛ akyi; wobɛkɔ w’anim daa na woremma w’akyi. 14 Mmara a mede rema wo nnɛ yi, mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum+ nkodi anyame foforo akyi nkɔsom wɔn.+

15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+

16 “Nnome bɛka wo wɔ kurom, na nnome aka wo wɔ afuw mu.+

17 “Nnome bɛka wo kɛntɛn+ ne nea wofɔtɔw mmɔre wom.+

18 “Nnome bɛka wo mma*+ ne w’asaase so nnɔbae ne w’anantwi mma ne wo nguan mma.+

19 “Nnome bɛka wo wɔ biribiara a woyɛ mu.

20 “Esiane sɛ woayɛ nneɛma bɔne na woapo me nti, Yehowa de nnome ne ahoyeraw ne asotwe bɛba biribiara a wobɛyɛ so akosi sɛ ɔbɛsɛe wo ama w’ase atɔre prɛko pɛ.+ 21 Yehowa bɛma ɔyare abɛtena wo so akosi sɛ ɔbɛtɔre w’ase afi asaase a worekɔ so no so.+ 22 Yehowa de nsamanwaw, atiridii,+ ahoyeraw, ahohyehye, ne sekan+ bɛba wo so, na ɔbɛma ɔhyew akum wo nnɔbae na ɔyare atew asi w’afuw so;+ eyinom nyinaa bɛba wo so akosi sɛ w’ase bɛhyew. 23 Ewim a ɛkata wo so yi bɛdan kɔbere na asaase a ɛwɔ w’ase yi adan dade.+ 24 Yehowa de nsõ ne mfuturu na ɛbɛyɛ osu ama wo wɔ w’asaase so. Ɛbɛtɔ afi soro agu wo so akosi sɛ ɔbɛtɔre w’ase. 25 Yehowa bɛma woadi nkogu wɔ w’atamfo anim.+ Wobɛfa ɔkwan baako so akɔ wɔn so, nanso akwan ason na wobɛfa so aguan afi wɔn anim, na ɛbɛma asaase so ahemman nyinaa ho adwiriw wɔn.+ 26 Wo funu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asaase so mmoa nyinaa, na obiara nni hɔ a ɔbɛpam wɔn.+

27 “Yehowa bɛma Egypt mpɔmpɔ abobɔ wo na wama kooko ne ntwom ne gyatɔ ayɛ wo, na worennya ano aduru. 28 Yehowa de adammɔ ne anifurae bɛba wo so,+ na ɔbɛma w’adwene atu afra.* 29 Awia ketee, wode wo ti bɛpempem te sɛ onifuraefo a esum aduru no+ a ɔde ne ti pempem, na nea wobɛyɛ biara rensi wo yiye. Na daa nkurɔfo besisi wo na wɔawia wo ho nneɛma, na obiara nni hɔ a obegye wo.+ 30 Wode w’ano bɛto ɔbea so sɛ wobɛware no, nanso ɔbarima foforo bɛto no mmonnaa. Wubesi dan, nanso worentena mu.+ Wobɛyɛ bobefuw,* nanso worentew aba wɔ so.+ 31 Wobekum wo nantwi wɔ w’anim, nanso ebi renka w’ano. Wode w’ani behu sɛ obi rewia w’afurum, nanso wo nsa renka bio. Wɔde wo nguan bɛma w’atamfo, nanso obiara nni hɔ a obetwitwa agye wo. 32 Wode w’ani behu sɛ wɔde wo mma mmarima ne wo mma mmea ama ɔman foforo,+ na daa w’ani begyina wɔn, nanso worentumi nyɛ ho hwee. 33 Ɔman a wunnim wɔn na wobedi w’afuw mu nnɔbae ne wo nsa ano adwuma nyinaa,+ na wobesisi wo ahyɛ wo so daa. 34 Nea wode w’ani behu no bɛma wo ho ayeraw wo.

35 “Yehowa bɛma mpɔmpɔ bɔne abobɔ wo nkotodwe ne wo nan abien no ho nyinaa, na obiara rentumi nsa wo yare. Ɛbɛbobɔ wo afi wo nan ase akosi w’apampam. 36 Wo ne ɔhene a wode no besi wo so no nyinaa, Yehowa de mo bɛkɔ ɔman a wo ne w’agyanom nnim wɔn so,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforo a wɔde dua ne abo ayɛ.+ 37 Aman a Yehowa bɛpam wo akɔ so no nyinaa, wo nti wɔn ho bedwiriw wɔn, na wɔde wo aka asɛm aserew* adi wo ho fɛw.+

38 “Wubedua aba pii, nanso kakraa bi na wubetwa,+ efisɛ ntutummɛ bɛwe. 39 Wobɛyɛ bobefuw adɔw ho, nanso worennya bobesa biara nnom na worentwa aba biara+ efisɛ ɔsã bɛwe. 40 Wubenya ngodua wɔ w’asaase so baabiara, nanso worennya ngo nsra, efisɛ aba no bɛporow agu. 41 Wobɛwo mma mmarima ne mma mmea nanso wɔrentena wo nkyɛn afebɔɔ, efisɛ wɔbɛba abɛkyere wɔn akɔ obi man so.+ 42 Mmebɛw* begye wo nnua ne w’afuw mu nnɔbae nyinaa afa. 43 Ɔhɔho a wo ne no te no, daa ɔbɛkɔ soro, na wo de, daa wobɛba fam. 44 Ɔbɛma wo bosea, na wo de, worentumi mma no bosea.+ Obedi kan na woadi akyi.+

45 “Nnome yi nyinaa+ betiw wo abɛto wo akosi sɛ w’ase bɛhyew,+ efisɛ woantie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛde ne ne mmara a ɔde ama wo no so.+ 46 Na eyinom nyinaa bɛba wo ne wo mma so, na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade daa,+ 47 efisɛ bere a wunyaa biribiara ma ebuu so no, woamfa ahosɛpɛw ne komam anigye ansom Yehowa wo Nyankopɔn.+ 48 Yehowa bɛsoma w’atamfo aba wo so, na bere a wunni ataade papa biara hyɛ na biribiara abɔ wo no, wode ɔkɔm+ ne sukɔm bɛsom wɔn.+ Ɔde dade kɔndua bɛhyɛ wo kɔn akosi sɛ ɔbɛtɔre w’ase koraa.

49 “Yehowa bɛma ɔman bi a wonte wɔn kasa+ afi asaase ano akyirikyiri+ abɛtow ahyɛ wo so sɛ ɔkɔre.+ 50 Ɛbɛyɛ ɔman a wɔn ani yɛ den a wonnim akwakoraa anaa abofra.+ 51 Wɔbɛwe w’ayɛmmoa mma na wɔadi w’asaase so nnɔbae nyinaa akosi sɛ wɔbɛtɔre w’ase koraa. Wɔrennyaw wo hwiit,* bobesa foforo, ngo, w’anantwi mma anaa wo nguan mma kosi sɛ wɔbɛsɛe wo.+ 52 Nkurow a ɛwɔ w’asaase so nyinaa mu no, wɔbɛka wo ahyɛ mu akosi sɛ w’abantenten a wode wo ho ato so no bedwiriw agu. Sɛnea ɛte biara wɔbɛka wo ahyɛ wo nkurow no mu wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so baabiara.+ 53 Ɛba saa a, esiane sɛ worennya wo ho atwaye na wo tamfo no bɛma wo ho akyere wo nti, w’ankasa mma* mmarima ne wo mma mmea a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn ama wo no, wɔn na wobɛwe wɔn.+

54 “Ɔbarima a ne ho dwo na odwen nnipa ho mpo renhu ne nua ne ne yere a ɔdɔ no ne ne mma a wɔaka mmɔbɔ, 55 na esiane ahokyere ne nhyɛso a wo tamfo de bɛba wo nkurow no so nti, n’ano aduan bɛbɔ no+ ama wawe ne ba nam, na ɔremma obiara bi. 56 Na ɔbea a ne ho dwo a tirimdɛ nti ɔmpɛ sɛ ne nan bɛka fam no mpo+ renhu ne kunu a ɔdɔ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmea mmɔbɔ; 57 awo akyi ade a afi ne nan ntam aba ne ne mma a wawo wɔn no mpo, wɔrenyɛ no mmɔbɔ. Ɔbɛhyɛ kokoam awe efisɛ wo tamfo bɛka wo ahyɛ wo kurom ama wo ho akyere wo.

58 “Sɛ woanni Mmara a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu+ nyinaa so na woansuro Yehowa+ wo Nyankopɔn din kɛse a ɛyɛ hu+ yi a, 59 Yehowa nso bɛma wo ne wo mma haw ne mo abɛbrɛsɛ mu ayɛ den na atena mo so akyɛ.+ Na ɔde ɔyare bɔne a woko a ɛnkɔ bɛbɔ mo. 60 Ɔde Egypt nyarewa a na wusuro no nyinaa bi bɛbɔ wo, na ɛbɛtena wo so afebɔɔ. 61 Afei nso, nyarewa ne amanehunu a wɔnkyerɛwee wɔ Mmara nhoma yi mu mpo, Yehowa de bɛba wo so kosi sɛ w’ase bɛhyew. 62 Moadɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma,+ nanso afei de, mobɛka kakraa bi,+ efisɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm.

63 “Na sɛnea bere bi Yehowa ani gyei sɛ ɔbɛma asi mo yiye na wama moadɔɔso no, saa ara na Yehowa ani begye sɛ ɔbɛsɛe mo atɔre mo ase. Na ɔbɛtɔre mo ase afi asaase a morekɔ so no so.

64 “Yehowa bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa so afi asaase ano akosi asaase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom nyinaa nnim wɔn,+ anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ. 65 Worennya asomdwoe wɔ aman yi mu,+ na worennya baabi mfa wo nan nsi nhome. Mmom Yehowa bɛma wo koma atu,+ na w’ani asɛe na woabotow.*+ 66 Wɔde wo nkwa begoru atɔprɛ, na anadwo oo, awia oo, ehu bɛka wo, na worentumi nhu sɛ ade bɛkye wo anaa ɛrenkye wo. 67 Ade kye anɔpa a, wobɛka sɛ, ‘Minyae a, anka ɛyɛ anwummere!’ na edu anwummere nso a, wobɛka sɛ, ‘Minyae a, anka ɛyɛ anɔpa!’ efisɛ wo koma betu, na nea w’ani behu nso bɛma woabɔ hu. 68 Na ɔkwan a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Worenhu bio’ no, Yehowa de hyɛn bɛfa wo de wo afa so akɔ Egypt, na mobɛyɛ sɛ moretɔn mo ho ama mo atamfo de mo ayɛ nkoa ne mfenaa, nanso obiara rentɔ mo.”

29 Apam a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo nyɛ wɔ Moab asaase so no, emu nsɛm ni. Ɛsono apam a ɔne wɔn yɛe wɔ Horeb no.+

2 Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa de yɛɛ Farao ne ne nkoa ne n’asaase wɔ Egypt no, mode mo ani huu ne nyinaa.+ 3 Muhuu atemmu* akɛse no, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse no nyinaa.+ 4 Nanso koma a mode bɛte ase ne ani a mode behu ne aso a mode bɛte de, Yehowa mfa mmaa mo de besi nnɛ.+ 5 ‘Bere a mede mo faa sare so mfe 40 no,+ mo ho ntaade antetew, na mo nan ase mpaboa anhi.+ 6 Moanni paanoo na moannom bobesa anaa nsã foforo biara a ɛbow, na ɛma muhui sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’ 7 Bere a mubeduu ha no, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ behyiaa yɛn ne yɛn koe, nanso yedii wɔn so nkonim.+ 8 Ɛnna yegyee wɔn asaase, na yɛde maa Rubenfo, Gadfo, ne Manase abusuakuw fã+ no sɛ wɔn agyapade. 9 Enti monhwɛ sɛ mubedi apam yi mu nsɛm so na ama biribiara a mobɛyɛ asi mo yiye.+

10 “Ɛnnɛ mo nyinaa mugyina Yehowa mo Nyankopɔn anim; mo ne wɔn a wɔdeda mo mmusuakuw ano, mo mpanyimfo, mo atitiriw, Israel mmarima nyinaa, 11 mo mma, mo yerenom,+ ne ahɔho a wɔabɛsoɛ mo mu+ nyinaa, wɔn a wɔkɔ anyina ma mo ne wɔn a wɔkɔ nsu ma mo nyinaa. 12 Moahyia ha nnɛ sɛ morebɛka ntam wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim na mo ne Yehowa mo Nyankopɔn de ayɛ apam,+ 13 sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde mo bɛyɛ ne man+ na ɔno nso ayɛ mo Nyankopɔn,+ sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ na ɔkaa mo agyanom Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ ntam no.

14 “Nanso ɛnyɛ mo nkutoo na me ne mo reyɛ apam ama moaka ɛho ntam yi; 15 mmom wɔn a wogyina Yehowa yɛn Nyankopɔn anim nnɛ ne wɔn a wonni yɛn nkyɛn nnɛ nyinaa nso ka ho. 16 (Mo ankasa munim sɛ yɛtenaa Egypt asaase so na yetwaam faa aman foforo so wɔ yɛn akwantu yi mu.+ 17 Muhuu akyiwade a wɔyɛ ne wɔn abosom fĩ*+ a wɔde nnua ne abo ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ a ɛwɔ wɔn mu no.) 18 Monhwɛ yiye na nnɛ mo mu ɔbarima anaa ɔbea anaa abusua anaa abusuakuw bi koma amman amfi Yehowa yɛn Nyankopɔn ho ankɔsom amanaman no anyame,+ na ntini bi amfefɛw ammɛyɛ awɔnwene na ansow aba a edi awu.+

19 “Nanso sɛ obi te ntam yi mu nsɛm na ɔhoahoa ne ho wɔ ne komam sɛ, ‘Meyɛ nea me koma pɛ mpo a, menya asomdwoe,’ na sɛ ɔde sɛe biribiara a atwa ne ho ahyia* a, 20 ɛnde Yehowa nso remfa ne ho nkyɛ no.+ Mmom Yehowa bo befuw saa onipa no denneennen, na nnome a ɛwɔ nhoma yi mu nyinaa bɛba no so,+ na Yehowa bɛpopa ne din afi ɔsoro ase. 21 Yehowa beyi no afi Israel mmusuakuw nyinaa mu de ɔhaw aba no so, sɛnea apam no mu nnome a wɔakyerɛw wɔ Mmara nhoma yi mu no nyinaa te.

22 “Mo mma awo ntoatoaso a wɔbɛba daakye ne ahɔho a wofi akyirikyiri asaase so nyinaa behu ɔhaw ne nyarewa a Yehowa de aba asaase no so no. 23 Wobehu sɛ sɔfe* ne nkyene ne ɔhyew asɛe asaase no nyinaa na obiara ntumi nnua ade wɔ so, na aba anaa afifide biara ntumi mfifi wɔ so, na ayɛ sɛ Sodom ne Gomora,+ Adma ne Seboiim+ a Yehowa de abufuw sɛee no no. 24 Ɛba saa a, wɔne aman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa ayɛ asaase yi saa?+ Dɛn na ɛhyɛɛ no abufuw kɛse saa?’ 25 Na wɔbɛka sɛ, ‘Efisɛ wɔapo apam a Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn ne wɔn yɛe+ bere a oyii wɔn fii Egypt asaase so no.+ 26 Na wɔakɔsom anyame foforo na wɔakotow wɔn, anyame a wonnim wɔn, anyame a ɔmmaa wɔn kwan sɛ wɔnsom wɔn.*+ 27 Ɛno na ɛmaa Yehowa bo fuw asaase no denneennen na ɔde nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu no nyinaa baa so no.+ 28 Enti Yehowa ani beree wɔn so, na ɔde abufuw tuu wɔn fii wɔn asaase so+ na ɔde wɔn kɔɔ asaase foforo so, na nnɛ ɛhɔ na wɔwɔ.’+

29 “Nsɛm a ahintaw yɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn dea,+ na nea wɔayi no adi no yɛ yɛne yɛn mma dea afebɔɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi Mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+

30 “Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu wɔ wo so, kyerɛ sɛ nhyira ne nnome a mede asi w’anim yi,+ na wokae*+ wɔ aman a Yehowa wo Nyankopɔn apam wo kɔ so no nyinaa mu,+ 2 na sɛ wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa tie n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi a,+ 3 ɛnde Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfo a wɔakodi aman foforo so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afi aman a Yehowa wo Nyankopɔn pam wo kɔɔ so no nyinaa mu.+ 4 Sɛ wo nkurɔfo no ahwete akodu ɔsoro akyirikyiri tɔnn mpo a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛboaboa mo ano afi hɔ aba.+ 5 Yehowa wo Nyankopɔn de wo bɛba asaase a w’agyanom fae no so, na ɛbɛyɛ wo dea; ɔbɛma asi wo yiye na woadɔɔso asen w’agyanom.+ 6 Wo ne w’asefo nyinaa, Yehowa wo Nyankopɔn bɛtew mo koma mu,*+ na mode mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa adɔ Yehowa mo Nyankopɔn na moanya nkwa.+ 7 Ɛba saa a, Yehowa wo Nyankopɔn de nnome yi nyinaa bɛba w’atamfo a wɔtan mo ani na wɔteetee mo no so.+

8 “Afei wobɛsan atie Yehowa asɛm na woadi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so. 9 Yehowa wo Nyankopɔn behwie nhyira pii agu wo nsa ano adwuma so,+ na wo mma bɛdɔɔso, na wo nyɛmmoa ase bɛtrɛw na w’afuw mu nnɔbae abu so, na Yehowa bɛpɛ w’asɛm bio na wama asi wo yiye sɛnea na ɔpɛ w’agyanom asɛm no.+ 10 Saa bere no, wubetie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na woadi ne mmara ne n’ahyɛde a wɔakyerɛw wɔ Mmara nhoma yi mu no so, na wode wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa bɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn.+

11 “Mmara a mede rema wo nnɛ yi nyɛ den dodo mma wo, na enni akyiri dodo mma wo.+ 12 Enni soro na woaka sɛ, ‘Hena na ɔbɛforo akɔ soro akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate na yɛadi so?’+ 13 Enni po agya nso na woaka sɛ, ‘Hena na obetwa akɔ po agya akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate na yɛadi so?’ 14 Mmom asɛm no bɛn wo pɛɛ; ɛwɔ wo ara w’anom ne wo ara wo komam,+ enti ɛno ara ne sɛ wubedi so.+

15 “Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa, owu ne bɔne asi w’anim.+ 16 Sɛ wutie Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi, na wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn,+ na wonantew n’akwan so di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde ne n’atemmusɛm nyinaa so a, ɛnde wubenya nkwa+ na w’ase atrɛw, na Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo wɔ asaase a worekɔfa no so.+

17 “Nanso sɛ wo koma dan+ na woantie, na sɛ w’ani kogye anyame foforo ho na wokotow wɔn som wɔn a,+ 18 ɛnde ɛnnɛ mereka akyerɛ mo sɛ, sɛnea ɛte biara wɔbɛsɛe mo,+ na morenkyɛ wɔ asaase a moretwa Yordan akɔfa no so. 19 Ɛnnɛ mede nkwa ne owu, ne nhyira ne nnome asi w’anim,+ na ɔsoro ne asaase ne m’adansefo; fa nkwa na wo ne w’asefo+ anya nkwa.+ 20 Enti dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na bata ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔma wo nkwa. Na asaase a Yehowa kaa ntam sɛ ɔde bɛma w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob+ no nso, ɔno na ɔbɛma woatena so akyɛ.”

31 Ɛnna Mose de asɛm yi kɔtoo Israelfo nyinaa anim. 2 Ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ madi mfe 120.+ Merentumi nni mo anim* bio, efisɛ Yehowa aka akyerɛ me sɛ, ‘Worentwa Yordan yi.’+ 3 Yehowa mo Nyankopɔn na obedi mo anim ne mo atwa akɔ, na ɔno na ɔbɛtɔre aman yi nyinaa ase afi mo anim na moatu wɔn.+ Yosua na obedi mo anim atwa,+ sɛnea Yehowa aka no. 4 Yehowa bɛsɛe wɔn sɛnea ɔsɛee Amorifo ahemfo Sihon+ ne Og+ ne wɔn nsaase no.+ 5 Yehowa bedi wɔn so nkonim ama mo, enti nea mmara a mede ama mo no aka sɛ momfa nyɛ wɔn no nyinaa, monyɛ wɔn saa pɛpɛɛpɛ.+ 6 Munnya akokoduru na mo ho nyɛ den.+ Munnsuro wɔn na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔne mo nam. Ɔrempo mo, na ɔrennyaw mo.”+

7 Afei Mose frɛɛ Yosua baa Israelfo nyinaa anim ka kyerɛɛ no sɛ: “Nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den,+ efisɛ wo na wode ɔman yi bɛkɔ asaase a Yehowa kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn sɛ wɔn agyapade.+ 8 Yehowa na odi w’anim, na ɔbɛka wo ho bere nyinaa.+ Ɔrempo wo, na ɔrennyaw wo. Nsuro, na mmɔ hu.”+

9 Afei Mose kyerɛw Mmara yi,+ na ɔde maa asɔfo no, Lewifo a wɔsoa Yehowa apam adaka no ne Israel mpanyimfo nyinaa. 10 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mfe ason biara, bere a wɔde ɛka kyɛ no,+ sɛ edu Apata* Afahyɛ no so a,+ 11 Israel nyinaa bɛba Yehowa mo Nyankopɔn anim+ wɔ baabi a ɔbɛkyerɛ, na moakan Mmara yi akyerɛ Israelfo nyinaa.+ 12 Mommoaboa ɔman no nyinaa ano,+ mmarima, mmea, mmofra, ne ahɔho a wɔwɔ mo nkurow* mu nyinaa, na wontie na wonsua Yehowa mo Nyankopɔn ho ade na wonsuro no, na wonni Mmara yi mu nsɛm nyinaa so. 13 Ɛbɛma wɔn mma a wonnim Mmara yi atie+ na wɔasua sɛ wobesuro Yehowa mo Nyankopɔn, nna a mode bɛtena asaase a moretwa Yordan akɔfa no so nyinaa.”+

14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu.+ Enti frɛ Yosua na mummegyina m’anim wɔ ahyiae ntamadan no mu na menyɛ no ɔkannifo.”+ Na Mose ne Yosua kogyinaa ahyiae ntamadan no mu. 15 Afei Yehowa nam omununkum dum mu baa ntamadan no mu, na omununkum dum no begyinaa ntamadan no ano.+

16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu,* na ɔman yi du asaase a wɔrekɔ so no so a, wobefi ase ne anyame foforo a wɔatwa wɔn ho ahyia abɔ aguaman.*+ Wobefi m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛe no so.+ 17 Saa bere no, me bo befuw wɔn denneennen,+ na mɛpo wɔn+ na madan m’ani afi wɔn so+ akosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn. Na wobehyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ pii.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mfinimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+ 18 Nanso saa da no, meyi m’ani afi wɔn so koraa, efisɛ wɔayɛ bɔne na wɔakodi anyame foforo akyi.+

19 “Afei monkyerɛw dwom yi+ na monkyerɛ Israelfo no.+ Momma wonsua dwom yi* na ɛnyɛ adanse ntia Israelfo mma me.+ 20 Sɛ mede wɔn ba asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so+ sɛnea mekaa ntam kyerɛɛ wɔn agyanom no,+ na wodidi mee na esi wɔn yiye* a,+ wɔbɛkɔ akodi anyame foforo akyi akɔsom wɔn, na wɔabu me animtiaa abu m’apam so.+ 21 Sɛ ɔhaw ne ahokyere pii ba wɔn so a,+ dwom yi bɛyɛ adanse ama wɔn (efisɛ ɛnsɛ sɛ wɔn asefo werɛ fi), na bere a minnya mfaa wɔn nkɔɔ asaase a maka ho ntam no so mpo yi, minim nea ɛwɔ wɔn komam dedaw.”+

22 Enti saa da no Mose kyerɛw dwom yi, na ɔkyerɛɛ Israelfo no sɛnea wɔbɛto no.

23 Afei Onyankopɔn yɛɛ Nun ba Yosua ɔkannifo,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den,+ efisɛ wo na wode Israelfo bɛkɔ asaase a mekaa wɔn ntam sɛ mede bɛma wɔn no so,+ na mɛka wo ho bere nyinaa.”

24 Bere a Mose kyerɛw Mmara yi mu nsɛm nyinaa wɔ nhoma mu wiei no,+ 25 ɛhɔ ara na Mose ka kyerɛɛ Lewifo a wɔsoa Yehowa apam adaka no sɛ: 26 “Momfa Mmara nhoma yi+ nhyɛ Yehowa mo Nyankopɔn apam adaka no nkyɛn,+ na enni mo adanse. 27 Na minim sɛ moyɛ atuatewfo+ na mo aso yɛ den.*+ Ɛnnɛ a mete ase mpo na motew Yehowa so atua sɛɛ yi, ɛnde miwu a, minnim nea mobɛyɛ! 28 Mommoaboa mo mmusuakuw mu mpanyimfo ne atitiriw no nyinaa ano mma me na memfa asɛm yi nto wɔn anim, na memma ɔsoro ne asaase nyɛ adansefo.+ 29 Minim sɛ me wu akyi no mobɛyɛ bɔne pii,+ na mobɛman afi ɔkwan a maka sɛ momfa so no so. Na ɔhaw bɛba mo so+ wɔ akyiri yi nna no mu, efisɛ mobɛyɛ Yehowa ani so bɔne, na mode mo nsa ano adwuma ahyɛ no abufuw.”

30 Afei Mose kaa dwom no mu nsɛm kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa, efi mfiase kosi awiei:+

32 O ɔsoro, yɛ aso na menkasa;

Ma asaase nso ntie m’anom asɛm.

 2 Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ te sɛ osu,

Na m’asɛm bɛsosɔ te sɛ obosu;

Ɛbɛyɛ sɛ osu a ɛretɔ brɛoo gu sare so

Ne osu a ɛregugu afifide

so yɔɔ.

 3 Mɛbɔ Yehowa din.+

Yɛn Nyankopɔn no, monka n’anuonyam ho asɛm!+

 4 Ɔbotan no, ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ,+

Na n’akwan nyinaa teɛ.+

Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu,+

Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+

 5 Wɔn na wɔafa bɔne kwan so;+

Wɔnyɛ ne mma; mfomso no fi wɔn ankasa.+

Wɔyɛ awo ntoatoaso a akɔntɔn na akyea!+

 6 Ɔman nkwaseafo a munnim nyansa,+

Enti Yehowa paa na moyɛ no saa yi?+

Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya a ɔde mo baa wiase?+

Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo ase timii?

 7 Monkae tete no,

Monkae nea ɛtoo awo ntoatoaso a abɛsen kɔ no.

Bisa wo papa, na ɔbɛkyerɛ wo,+

Ne wo mpanyimfo, na wɔbɛka akyerɛ wo.

 8 Bere a Ɔsorosoroni no de aman no agyapade maa wɔn,+

Na ɔpaapaee Adam mma* mu no,+

Ɔhwɛɛ Israel mma dodow+

Twaa ɔman biara hye maa no.+

 9 Yehowa man ne ne kyɛfa;+

Yakob ne n’agyapade.+

10 Ohuu no wɔ sare so,+

Sare pradadaa a mmoa resu wɔ so.+

Otwaa ne ho hyiae na ɔhwɛɛ no so;+

Ɔbɔɔ ne ho ban te sɛ n’ani kosua.+

11 Sɛnea ɔkɔre wosow ne buw,

Otu fa ne mma so,

Ɔtrɛw ne ntaban mu, na ɔfa wɔn

De wɔn gu ne ntaban so no,+

12 Saa ara na Yehowa nkutoo dii n’anim;*+

Ná onyame foforo biara nka ne ho.+

13 Ɔma ɔfaa asaase so nkoko so,+

Na odii asaase no so nnɔbae.+

Ɔde ɛwo a efi ɔbotan mu maa no dii,

Na ɔmaa no ngo a efi ɔbotan a ɛyɛ den mu.

14 Ɔmaa no nantwi bɔta ne nguan nufusu,

Ne nguan a wodi mu paa,*

Ne Basan adwennini, ne mpapo,

Ne hwiit papa;*+

Bobe mu nsu* na wonomee.

15 Bere a Yesurun* yɛɛ kɛse no, ɔyɛɛ asoɔden totow ne nan.

Yesurun, woayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru, woabɔ ma.+

Enti ɔpoo Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no,+

Na obuu ne nkwagye Botan no animtiaa.

16 Wɔde anyame foforo hyɛɛ no abufuw;+

Na wɔyɛɛ akyiwade maa ne bo fuwii.+

17 Wɔbɔɔ afɔre maa ahonhommɔne,* na ɛnyɛ Onyankopɔn;+

Anyame a wonnim wɔn,

Anyame a wɔbae nkyɛe koraa,

Anyame a na mo agyanom nnim wɔn.

18 Ɔbotan a ɔwoo wo no, wo werɛ fii no,+

Na Onyankopɔn a ɔde wo baa wiase no, woankae no.+

19 Bere a Yehowa huu saa no, ɔpoo wɔn,+

Efisɛ ne mma mmarima ne ne mma mmea hyɛɛ no abufuw.

20 Enti ɔkae sɛ, ‘Ma minyi m’ani mfi wɔn so;+

Ma menhwɛ sɛnea ebewie wɔn.

Efisɛ wɔyɛ awo ntoatoaso nkontompofo,+

Mma a nokware biara nni wɔn mu.+

21 Wɔde anyamehunu ahyɛ me abufuw;+

Wɔn abosonhunu nti me bo afuw;+

Me nso, mede ɔman hunu behuru wɔn bo;+

Na mede ɔman agyimifo bɛhyɛ wɔn ahometew.+

22 M’abufuw asɔ gya,+

Na ɛbɛdɛw akosi Ɔdamoa* ase tɔnn.+

Ɛbɛhyew asaase ne ɛso nneɛma,

Na ɛde ogya ato mmepɔw nnyinaso mu.

23 Mɛma wɔn haw adɔɔso,

Na wɔn so na mɛma m’agyan nyinaa akɔ.

24 Ɔkɔm bɛma wɔayɛ mmerɛw+

Na atiridii ne ɔsɛe yawyaw amene wɔn.+

Mɛsoma nkekaboa akɔ wɔn so,+

Ne awɔ a wɔwɔ mfuturu mu a wɔn ano wɔ bɔre.

25 Sekan bekunkum wɔn adɔfo wɔ abɔnten,+

Na wɔbɛbɔ hu wɔ dan mu;+

Mmerante ne mmabaa,

Nkokoaa ne wɔn a wɔafuw dwen nyinaa, ehu bɛka wɔn.+

26 Anka mɛka sɛ: “Mɛbɔ wɔn ahwete,

Na mɛma wɔn din ayera afi nnipa mu,”

27 Nanso misuro nea atamfo bɛka,+

Efisɛ anhwɛ a atamfo no bɛkyea asɛm no+

Na wɔaka sɛ: “Yɛakyerɛ yɛn tumi,+

Ɛnyɛ Yehowa na ɔyɛe.”

28 Wɔyɛ ɔman a nyansa abɔ wɔn,*

Na wɔne nhumu abɔ nsianho.+

29 Sɛ wonim nyansa a,+ anka wobedwen asɛm yi ho,+

Anka wobedwen nea ɛbɛto wɔn no ho.+

30 Ɔbaakofo bɛyɛ dɛn apam nnipa 1,000,

Na ɛbɛyɛ dɛn na nnipa baanu atumi ama nnipa 10,000 aguan?+

Gye sɛ wɔn Botan no atɔn wɔn,+

Na Yehowa ayi wɔn ama.

31 Wɔn botan no nte sɛ yɛn Botan no,+

Na yɛn atamfo mpo nim saa.+

32 Wɔn bobe yɛ Sodom bobe,

Efi Gomora mfuw mu.+

Wɔn bobe aba yɛ awuduru;

Wɔn bobe yɛ nwene.+

33 Wɔn nsã yɛ ɔwɔ bɔre,

Ɔprammiri bɔre a edi awu.

34 Makora so wɔ me nkyɛn,

Na masɔ ano wɔ m’adekoradan mu.+

35 Me na mitua bɔne so ka,* enti me na metua ka+

Bere a wɔn nan awatiriw no,+

Efisɛ mmusu a ɛreba wɔn so no abɛn,

Na nea ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’

36 Yehowa bebu ne nkurɔfo atɛn+

Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ,*+

Efisɛ obehu sɛ wɔn ahoɔden asa,

Na nnipahunu a wɔmfa wɔn nyɛ hwee nkutoo na wɔaka.

37 Afei ɔbɛka sɛ, ‘Wɔn anyame no wɔ he?+

Ɔbotan a wɔde no yɛɛ guankɔbea no wɔ he?

38 Wɔn na wodii wɔn afɔrebɔ srade no,

Na wɔnom wɔn afɔrebɔ nsã no.+

Ma wɔnsɔre mmoa mo.

Momfa wɔn nyɛ mo guankɔbea.

39 Afei munhu sɛ mene Onyankopɔn+

Na anyame biara nka me ho.+

Mikum, na migye nkwa.+

Mipira,+ na mesa,+

Na obiara rentumi nnye obi mfi me nsam.+

40 Mede me nsa kyerɛ ɔsoro ka ntam,

Na meka sɛ: “Mete ase daa yi,”+

41 Sɛ mesew me sekan hyɛnhyɛn no ano,

Na misiesie me ho ma atemmu a,+

Metua m’atamfo so ka+

Na matwe wɔn a wɔtan me no aso.

42 Mɛma mogya abow m’agyan,

Na me sekan bedi nam;

Ɛbɛnom wɔn a wɔakunkum wɔn ne wɔn a wɔakyere wɔn no mogya,

Na ebetwitwa wɔn a wodi atamfo anim no ti.’

43 Amanaman, mo ne ne man ani nnye,+

Obetua n’atamfo so ka,+

Obebisa ne nkoa mogya afi wɔn nsam,+

Na ɔbɛpata ama ne nkurɔfo asaase.”*

44 Afei Mose ne Nun ba Hosea*+ bɛkaa nnwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ ɔman no.+ 45 Bere a Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfo nyinaa wiei no, 46 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma nsɛm a mede rebɔ mo kɔkɔ nnɛ yi nyinaa nna mo koma so,+ na moaka akyerɛ mo mma, na wɔadi Mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+ 47 Nsɛm yi nyɛ nsɛnhunu, na mmom ɛno na mo nkwa gyina so,+ na nsɛm yi na ɛbɛma moatena ase akyɛ wɔ asaase a moretwa Yordan akɔfa no so.”

48 Yehowa ka kyerɛɛ Mose saa da no ara sɛ: 49 “Foro kɔ Abarim mmepɔw yi so+ kogyina Nebo Bepɔw+ a ɛwɔ Moab asaase so no so, beae a ɛne Yeriko di nhwɛanim no, na hwɛ Kaanan asaase a mede rema Israelfo no.+ 50 Na wubewu wɔ bepɔw a worekɔ so no so, na wɔde wo bɛkɔ akɔka w’agyanom ho,* sɛnea wo nua Aaron wui wɔ Hor Bepɔw+ so na wɔde no kɔkaa n’agyanom ho no, 51 efisɛ mo baanu no anni me nokware wɔ Israelfo mu bere a mowɔ Meriba nsu+ a ɛwɔ Kades no ho wɔ Sina sare so no; moanyɛ me kronkron wɔ Israelfo no mu.+ 52 Wode w’ani behu asaase a mede rema Israelfo no wɔ akyirikyiri, nanso wo nan rensi hɔ.”+

33 Ansa na nokware Nyankopɔn nipa Mose rebewu no, eyi ne nsɛm a ɔka de hyiraa Israelfo no.+ 2 Ɔkae sɛ:

“Yehowa fi Sinai bae,+

Na ofi Seir hyerɛn wɔn so.

Ɔhyerɛn fii Paran mmepɔw so,+

Ná ahotefo mpempem pii ka ne ho,+

Na n’asafodɔm wɔ ne nsa nifa so.+

 3 Ɔdɔɔ ne man;+

Wɔn akronkronfo nyinaa wɔ wo nsam.+

Wɔbɛtenatenaa wo nan ase;+

Wobetiee w’asɛm.+

 4 (Mose maa yɛn ahyɛde,

Mmara a ɛyɛ Yakob asafo no agyapade.)+

 5 Ɔbɛyɛɛ ɔhene wɔ Yesurun*+

Bere a ɔman no mpanyimfo+

Ne Israel mmusuakuw nyinaa+ hyiae no.

 6 Ma Ruben ntena ase, mma n’ase nnhyew,+

Na mma ne fi mmarima so nntew.”+

7 Na ohyiraa Yuda sɛ:+

“O Yehowa, tie Yuda+ adesrɛ,

Na san fa no bra ne nkurɔfo mu.

Ɔde ne nsa abɔ n’agyapade ho ban;*

Boa no ma onni n’atamfo so nkonim.”+

8 Nea ɔka faa Lewi ho ni:+

“Wo* Tumim ne wo Urim+ no yɛ nea odi wo nokware no dea;+

Ɔno na wosɔɔ no hwɛe wɔ Masa no.+

Wo ne no dii asi wɔ Meriba nsu no ho.+

 9 Ɔno na ɔka kyerɛɛ ne papa ne ne maame sɛ, ‘Minnim mo.’

Ne nuanom mpo ɔpoo wɔn,+

Na ne mma nso, wankogyina wɔn afã.

Odii w’asɛm so,

Na okuraa w’apam mu.+

10 Ma wɔmfa w’atemmusɛm nkyerɛkyerɛ Yakob+

Na wɔnkyerɛ Israel wo Mmara.+

Ma wɔnhyew aduhuam mmɔ afɔre huamhuam mma wo,*+

Na wɔmmɔ ɔhyew afɔre wɔ w’afɔremuka so.+

11 O Yehowa, hyira no ma onnya ahoɔden,

Na ma w’ani nnye ne nsa ano adwuma ho.

Wɔn a wɔsɔre tia no no, bubu wɔn nan mu,*

Sɛnea ɛbɛyɛ a n’atamfo rensɔre bio.”

12 Nea ɔka faa Benyamin ho ni:+

“Ma nea Yehowa dɔ no no ntena ne nkyɛn dwoodwoo;

Ɔmmɔ ne ho ban da mu nyinaa,

Na ɔmfa no nsi akɔnkɔn.”

13 Nea ɔka faa Yosef ho ni:+

“Yehowa nhyira n’asaase,+

Na ɔmma no nneɛma pa a efi soro,

Obosu, ne nsu a efi fam.+

14 Ɔmma no nneɛma pa a owia ma enyin,

Na ɔmma no nnɔbae papa a bosome biara obetwa.+

15 Ɔmma no tete mmepɔw* so nneɛma a eye,+

Ne nkoko a etim hɔ daa so nneɛma pa.

16 Ɔmma no asaase so nneɛma pa ne nneɛma a ayɛ mu ma nyinaa bi,+

Na onnya nea oyii ne ho adi wɔ nwura* a ɛredɛw mu no+ anim dom.

Eyi nyinaa mmra Yosef so;

Ɛmmra nea wɔpaw no fii ne nuanom mu no so.+

17 N’anuonyam te sɛ nantwinini a ɔyɛ abakan,

Na ne mmɛn yɛ ɛkoɔ* mmɛn.

Ɛno na ɔde bepiapia* aman,

Na wɔn nyinaa akogu asaase ano.

Ɛno ne Efraim mpempem+

Ne Manase mpempem.”

18 Nea ɔka faa Sebulon ho ni:+

“O Sebulon, ma w’ani nnye w’akwantu mu,

Isakar nso, ma w’ani nnye wɔ wo ntamadan mu.+

19 Wɔbɛfrɛ nnipa akɔ bepɔw so.

Ɛhɔ na wɔbɛbɔ trenee afɔre.

Na wɔbɛtwe* ɛpo mu agyapade bebree

Ne anwea mu ademude* a ahintaw.”

20 Nea ɔka faa Gad ho ni:+

“Nhyira nka nea ɔbɛtrɛw Gad ahye mu.+

Ɔda hɔ te sɛ gyata,

Na basa ne eti na ɔrebɛtew afi so.

21 Ɔbɛpaw nea edi kan,+

Ɛhɔ ne ne kyɛfa a mmarahyɛfo de maa no.+

Na ɔman no mpanyimfo behyia.

Ɔbɛda Yehowa trenee adi,

Ne n’atemmusɛm a ɛfa Israel ho.”

22 Nea ɔka faa Dan ho ni:+

“Dan yɛ gyata ba.+

Obehuruw afi Basan.”+

23 Nea ɔka faa Naftali ho ni:+

“Yehowa adom abu so ama Naftali,

Na ne nhyira ayɛ no ma.

Fa atɔe fam ne anaafo fam asaase di so.”

24 Nea ɔka faa Aser ho ni:+

“Wɔde mma ahyira Aser.

Ma ne nuanom nnye no ntom,

Na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.*

25 Dade ne kɔbere na ɛbrambram w’aponkɛse akyi,+

Na wo nkwa nna nyinaa wobɛtena ase dwoodwoo.

26 Obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun+ Nyankopɔn* no;+

Ɔno na ɔfa wim bɛboa wo,

Na ɔnam omununkum mu wɔ n’anuonyam mu.+

27 Onyankopɔn ne wo guankɔbea fi tete;+

N’abasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo mu.+

Ɔbɛpam w’atamfo afi w’anim,+

Na ɔbɛka sɛ, ‘Sɛe wɔn!’+

28 Israel bɛtena hɔ dwoodwoo,

Na Yakob abura bɛtena hɔ komm

Wɔ asaase a hwiit* ne bobesa foforo wɔ so so.+

Obosu befi soro asosɔ ama no.+

29 O Israel, ma w’ani nnye!+

Hena na ɔte sɛ wo?+

Ɔman a wɔwɔ Yehowa nkwagye,+

Ɔno ne wo kyɛm a ɔbɔ wo ho ban+

Ne wo sekan kɛse.

Enti w’atamfo ho bɛpopo w’anim+

Na wo de, wubetiatia wɔn so.”*

34 Afei Mose fi Moab sare so kɔɔ Nebo Bepɔw+ so wɔ Pisga+ a ɛne Yeriko+ di nhwɛanim no. Na Yehowa de asaase no nyinaa kyerɛɛ no, efi Gilead kosi Dan,+ 2 ne Naftali nyinaa ne Efraim ne Manase ne Yuda asaase nyinaa kosi ɛpo a ɛda atɔe fam* no ho,+ 3 ne Negeb+ ne Yordan mantam,+ ne Yeriko sare so, ne mmɛ kurow no, de kosi Soar.+

4 Ɛnna Yehowa toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Asaase yi na mekaa ntam kyerɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ, ‘Mede bɛma w’asefo’* no.+ Mama wode w’ani ahu, nanso worentwa nkɔ hɔ.”+

5 Afei Yehowa akoa Mose wui wɔ Moab asaase so sɛnea Yehowa kae no.+ 6 Osiee no wɔ obon mu wɔ Moab asaase so, baabi a ɛne Bet-Peor di nhwɛanim, na obiara nnim baabi a ne damoa wɔ besi nnɛ.+ 7 Bere a Mose wui no, na wadi mfe 120.+ N’ani so anyɛ no wusiwusi, na n’ahoɔden so antew. 8 Israelfo suu Mose nnafua 30+ wɔ Moab sare so. Afei bere a wɔde suu Mose na wogyam no no baa awiei.

9 Nyansa* bɛhyɛɛ Nun ba Yosua ma, efisɛ na Mose de ne nsa agu no so.+ Na Israelfo yɛɛ aso tiee no, na wɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.+ 10 Nanso odiyifo foforo biara amma Israel a na ɔte sɛ Mose;+ ɔno de, na Yehowa nim no anim ne anim.+ 11 Nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔyɛ wɔ Egypt asaase so no, ɔyɛɛ ne nyinaa wɔ Farao ne ne nkoa nyinaa anim wɔ n’asaase so baabiara.+ 12 Afei nso, Mose yɛɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse wɔ Israelfo nyinaa anim.+

Nt., “Israel mma.”

Kyerɛ sɛ, ɔnam Yehowa tumi so.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Lebanon mmepɔw.

Nt., “aba.”

Nt., “abɛnan.”

Kyerɛ sɛ, ɛwɔ afasu atenten.

Nt., “koma mũ; koma mua.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Onyankopɔn ahyɛ no den.”

Anaa “moanhyɛ wɔn abufuw.”

Kyerɛ sɛ, Kreta.

Anaa “wɔadi yaw te sɛ obi a ɔrewo.”

Anaa “Arnon Subon.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔbo tuntum.”

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Subon.”

Ɛkyerɛ, “Yair Ntamadan Nkurow.”

Anaa “Subon.”

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.

Anaa “monhwɛ mo kra.”

Nt., “koduu ɔsoro mfinimfini.”

Nt., “Nsɛm Du.”

Anaa “monhwɛ mo kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “sɔhwɛ.”

Nt., “aba.”

Anaa “Subon.”

Kyerɛ sɛ, Nkyene Po, anaa Ɛpo a Awu.

Anaa “Nsom onyame foforo biara mfa mmu me animtiaa.”

Nt., “w’apon mu.”

Anaa “awie wo yiye.”

Anaa “adansekurum.”

Nt., “kaa nsɛm.”

Anaa “Ɔdasani.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “na tĩ mu kyerɛ wo mma; na si so dua kyerɛ wo mma.”

Anaa “abotiri.”

Nt., “w’aniwa ntam.”

Anaa “wo kurow apon.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “Wo ne wɔn nnni ayeware.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “n’agyapade a ɛda ne koma so.”

Nt., “Obehyira wo yafunum aba.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “sɔhwɛ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔabɔ hu.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Anaa “pomegranate.”

Kyerɛ sɛ, ɛwɔ afasu atenten.

Anaa “woagye wɔn asaase atena so.”

Anaa “ɔman a woasen wo kɔn.”

Anaa “honi a wɔagu.”

Anaa “ɔman yi asen wɔn kɔn.”

Anaa “moagu.”

Nt., “Nsɛm Du.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɔsorosoro.”

Nt., “muntwa mo koma twetia.”

Anaa “monnkɔ so nnsen mo kɔn.”

Anaa “braeb.”

Anaa “Akra.”

Nt., “wɔn aba.”

Kyerɛ sɛ, ntwahonan a wɔde wɔn nan tia so ma etwa ne ho. Wɔyɛ saa de twe nsu anaa wɔde pae aka anaa wɔde buebue aka mu.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ná efi ase fi October mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.

Ná efi ase fi April mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “mo aniwa ntam.”

Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛse, Mediterranea.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “taet.”

Anaa “nea ɔte nka sɛ eye.”

Anaa “taet.”

Nt., “mo apon.”

Anaa “wo kra kɔn bɛdɔ.”

Nt., “wɔ mo apon.”

Nt., “mo apon.”

Nt., “mo apon.”

Anaa “wo kra kɔn bɛdɔ.”

Anaa “wo kra kɔn bɛdɔ.”

Anaa “mo kra kɔn bɛdɔ.”

Nt., “mo apon.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “ɔkra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nneɛma a wonyae wɔ ɔko mu.”

Nt., “moanyi mo ani ntam nwi.” Anaa “moanyi mo moma so nwi.”

Anaa “n’agyapade a ɛda ne koma so.”

Anaa “ntuboa.”

Nt., “mo apon.”

Anaa “taet.”

Anaa “wo kra kɔn bɛdɔ.”

Anaa “biribiara a wo kra pɛ.”

Nt., “ɛnsɛ sɛ wo koma yɛ.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “nantwinini.”

Nt., “w’apon.”

Hwɛ Nkh. B15.

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Nt., “mo apon.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Asese.”

Anaa “Asese.”

Nt., “wɔ apon.”

Anaa “braeb.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nhoma mmobɔwee.”

Anaa “ne kra pɛ.”

Kyerɛ sɛ, baabi a Yehowa bɛkyerɛ sɛ ɛhɔ na wɔnsom no.

Nt., “obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu.”

Anaa “nea odweri; nea odwomfa.”

Anaa “mogya ho weredifo.”

Anaa “de biribi bɔ ne kra.”

Anaa “mogya ho weredifo.”

Nt., “Onipa baako rentumi nni adanse ntia obi.”

Nt., “ano.”

Anaa “adansekurum.”

Anaa “Ɔkra.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “wamma ne nuanom koma annan sɛnea ne koma anan no.”

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Anaa “ɔmmma ne mmɔwerɛw mmfuw.”

Anaa “baabiara a ne kra pɛ.”

Nt., “ɔdɔ baako tan baako.”

Anaa “abupɛn.”

Anaa “obi a odidi boro so.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “ɔpo no.”

Anaa “wapo no.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wasi tuutuu.”

Anaa “akum ɔkra no.”

Nt., “wanyi ne papa nkataho.”

Anaa “ɔmfrɛ mmusu mmra mo so.”

Anaa “biribiara a ɛho ntew.”

Kyerɛ sɛ, agyananbea.

Nt., “ɔkraman.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “ɛbɛmee wo kra.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.

Anaa “ne nkwa; ne kra.”

Anaa “wakyere ɔkra a ɔyɛ.”

Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “kwata” no kyerɛ nneɛma pii; ebetumi akyerɛ honam ani nyarewa ahorow a etumi san. Ebetumi nso ayɛ nneɛma a ɛtotɔ ntaade mu anaa adan ho.

Anaa “w’apon.”

Anaa “ne kra anidaso.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “n’abusua.” Nt., “ne din.”

Nt., “Mfa efa susude ne efa susude.” Hwɛ Nkh. B14.

Ebetumi nso akyerɛ, “a owu bɔn ne ho.”

Anaa “w’apon.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “n’agyapade a ɛda ne koma so.”

Anaa “momfa akado nka ho fitaa.”

Anaa “momfa akado nka ho fitaa.”

Anaa “ahoni a wɔagu.”

Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”

Nt., “wayi ne papa nkataho.”

Anaa “braeb.”

Anaa “kum ɔkra.”

Nt., “wo yafunu mu aba.”

Nt., “wo yafunu mu aba.”

Anaa “ɔbɛma wo koma atu.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “wɔde ayɛ akasabebu.”

Anaa “Ntummoa manyamanya.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Nt., “yafunu mu aba.”

Anaa “wo kra abotow.”

Anaa “sɔhwɛ.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.

Nt., “sɛe nea wayɛ frɔmm ne nea watwintwam.”

Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.

Nt., “ɛnyɛ ɔno na ɔde maa wɔn.”

Nt., “na wosan de ba wo komam.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “betwa mo koma twetia.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Merentumi nni akɔneaba.”

Anaa “Asese.”

Anaa “mo apon.”

Nt., “wo ne w’agyanom akɔda.”

Kyerɛ sɛ, wɔbɛsom anyame foforo.

Nt., “dwom yi nna wɔn ano.”

Nt., “wɔyeyɛ akɛse.”

Anaa “mo kɔn asen.”

Ebetumi nso akyerɛ, “adasamma abusua.”

Kyerɛ sɛ, odii Yakob anim.

Nt., “nguan srade.”

Nt., “hwiit mu srade.”

Nt., “Bobe mu mogya.”

Ɛkyerɛ, “Nea Ɔteɛ.” Ɛyɛ abodin a wɔde maa Israel.

Anaa “adaemone.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔasisiw wɔn aso wɔ afotu ho.”

Anaa “Aweredi wɔ me.”

Anaa “bɛyɛ no yaw.”

Anaa “ɔbɛtew ne man asaase ho.”

Ɛno ne Yosua din paa. Hosea yɛ edin Hosaia a wɔatwa no tiaa. Ɛkyerɛ “Yah Agye No.”

Ɛyɛ kasakoa a egyina hɔ ma owu.

Ɛkyerɛ, “Nea Ɔteɛ.” Ɛyɛ abodin a wɔde maa Israel.

Anaa “Ɔde ne nsa ako ama n’agyapade.”

Asɛmfua “Wo” a ɛwɔ nkyekyɛm yi mu no gyina hɔ ma Onyankopɔn.

Nt., “wɔ wo hwene mu.”

Anaa “wɔn dwonku.”

Ebetumi nso akyerɛ, “apuei fam mmepɔw.”

Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Anaa “wuram nantwi.”

Anaa “bɛpempem.”

Anaa “wobenum.”

Anaa “akorade.”

Anaa “ɔmfa ngo nhohoro ne nan ho.”

Anaa “Yesurun nokware Nyankopɔn.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ebetumi nso akyerɛ, “wubetiatia wɔn mmepɔw ne wɔn nkoko so.”

Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛse, Mediterranea.

Nt., “w’aba.”

Anaa “Nyansa a Onyankopɔn nam ne tumi so de ma.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena