HESEKIEL
1 Afe a ɛto so 30, bosome a ɛto so anan no da a ɛto so anum no, ɔsoro buei, na minyaa anisoadehu fii Onyankopɔn hɔ. Saa bere no, na me ne atukɔfo no+ wɔ Asubɔnten Kebar ho.+ 2 Bosome no da a ɛto so anum no, na ɛyɛ bere a wɔkyeree Ɔhene Yehoiakin+ kɔe no afe a ɛto so anum. 3 Saa bere no na Yehowa de n’asɛm maa ɔsɔfo Busi ba Hesekiel* wɔ Kaldeafo+ asaase so wɔ Asubɔnten Kebar ho; ɛhɔ na Yehowa honhom* baa no so.+
4 Merehwɛ no, mihuu ahum kɛse+ bi sɛ efi atifi fam reba. Ná omununkum kɛse ne ogya*+ nso repa yerɛwyerɛw. Ná hann a ano yɛ den atwa ne nyinaa ho ahyia, na na biribi te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a adi afra+ nso wɔ ogya no mu. 5 Mihuu biribi a ayɛ sɛ ateasefo*+ baanan wɔ mfinimfini. Wɔn mu biara te sɛ onipa. 6 Wɔn mu biara wɔ anim anan ne ntaban anan.+ 7 Wɔn anan a esisi fam no te sɛ obi a ogyina ne nansoaa so, na wɔn nan ase te sɛ nantwi ba nan ase, na ɛho hyerɛn te sɛ kɔbere a wɔatwiw ho.+ 8 Wɔn ntaban anan no, ebiara wɔ onipa nsa wɔ ase, na wɔn baanan no biara wowɔ anim ne ntaban. 9 Wɔn ntaban no, ebiara ka ntaban foforo. Na sɛ wɔrekɔ a, wɔnnan wɔn ho; wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee.+
10 Sɛnea wɔn baanan no anim te ni: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, na ɔwɔ gyata anim+ wɔ nifa, na ɔsan wɔ nantwi anim+ wɔ benkum, na baanan no mu biara wɔ ɔkɔre anim+ nso. 11 Saa na na wɔn anim te. Ná wɔn ntaban mu atrɛtrɛw kɔ soro. Wɔn mu biara wɔ ntaban abien a baako ka baako, na abien nso kata wɔn ho.+
12 Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee. Baabiara a honhom no bɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔ no, ɛhɔ na wɔkɔ.+ Na sɛ wɔrekɔ a, wɔnnan wɔn ho. 13 Ateasefo no ho te sɛ nnyansramma a ɛredɛw. Na biribi a ɛte sɛ agyatɛn* a ɛhyerɛn di akɔneaba wɔ ateasefo no ntam, na anyinam pae fi ogya+ no mu ba. 14 Sɛ ateasefo no redi akɔneaba a, ɛte sɛ anyinam a ɛrepa yerɛwyerɛw.
15 Bere a migu so rehwɛ ateasefo no, mihuu ntwahonan baako wɔ asaase so wɔ ateasefo a wɔwɔ anim+ anan no biara nkyɛn. 16 Na sɛ wohwɛ ntwahonan no ne ne yɛbea a, ɛhyerɛn te sɛ sikaberebo, na anan no nyinaa di nsɛ. Sɛnea ne hwɛbea te no, ɛreyɛ akɔyɛ sɛ ntwahonan a ntwahonan foforo hyɛ mu.* 17 Sɛ ntwahonan no biara rekɔ a, etumi kɔ afã anan no nyinaa, nanso ɛnnan ne ho. 18 Ntwahonan anan no, ebiara hankare yɛ kokuroo ma ɛyɛ hu, na aniwa tuatua ho nyinaa hyia.+ 19 Baabiara a ateasefo no bɛkɔ no, ntwahonan no kɔ bi, na sɛ wɔma ateasefo no so fi asaase so a, ntwahonan no nso ma ne ho so.+ 20 Baabiara a honhom no bɛkyerɛ sɛ wɔnkɔ no, na wɔkɔ; baabi a honhom no bɛkɔ no, ɛhɔ na wɔn nso kɔ. Na ntwahonan no ma ne ho so a, ɛne ateasefo no nyinaa na ɛma ne ho so, efisɛ honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ateasefo no so* no, ɛno ara bi na ɛwɔ ntwahonan no mu. 21 Sɛ wɔkɔ a, na ɛno nso kɔ; wogyina a, na agyina; sɛ wɔma wɔn so fi asaase so a, na ntwahonan no nso amoma wɔn ho so, efisɛ honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ateasefo no so no, ɛno ara bi na ɛwɔ ntwahonan no mu.
22 Ná biribi te sɛ bamma wɔ ateasefo no atifi+ a ɛpa yerɛwyerɛw sɛ ahwehwɛbo* nwonwaso bi. 23 Wɔn ntaban no teɛ* na edi nhwɛanim wɔ bamma no ase. Wɔn mu biara wɔ ntaban abien a ɛkata ne fã ha, na abien nso kata ne fã ha. 24 Bere a metee wɔn ntaban nnyigyei no, na ɛte sɛ nsu pii a ɛreworo so; ɛte sɛ ade nyinaa so Tumfo no nnyigyei.+ Sɛ wɔnam a, mete wɔn nka te sɛ asraafodɔm kɛse nnyigyei. Sɛ wogyina a, wogyaagyaa wɔn ntaban mu gu wɔn ho.
25 Ɛnne bi fi bamma a ɛwɔ wɔn atifi no so bae. (Sɛ wogyina a, wogyaagyaa wɔn ntaban mu gu wɔn ho.) 26 Ná biribi te sɛ hoabo+ wɔ bamma a ɛwɔ wɔn atifi no so, na na ɛsɛ ahengua.+ Ná obi a ɔsɛ onipa+ te nea ayɛ sɛ ahengua no so. 27 Mihuu biribi a ɛhyerɛn te sɛ sika ne dwetɛ a adi afra,+ na wohwɛ baabi a ayɛ sɛ n’asen rekɔ soro no a, na ɛte sɛ ogya; efi n’asen reba fam nso, mihuu biribi te sɛ ogya.+ Ná ne ho nyinaa hyerɛn 28 te sɛ nyankontɔn+ a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da. Saa na na hann a atwa ne ho ahyia no te. Ná ɛte sɛ Yehowa anuonyam.+ Bere a mihui no, mede m’anim butuw fam, na metee sɛ obi rekasa.
2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba,* sɔre gyina wo nan so na me ne wo nkasa.”+ 2 Bere a ɔne me kasae no, honhom baa me mu, na ɛma migyinaa me nan so+ tiee nea ɔne me rekasa no.
3 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfo nkyɛn,+ aman* atuatewfo a wɔasɔre atia me no.+ Wɔne wɔn agyanom ayɛ me bɔne de abesi nnɛ da yi.+ 4 Meresoma wo akɔ mma a wommu ade* na wɔn koma yɛ den+ nkyɛn. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni.’ 5 Sɛ wotie oo, wɔantie oo, ɛnyɛ dɛn ara a, wobehu sɛ odiyifo bi tenaa wɔn mu.+ Wɔyɛ atuatewfo.*+
6 “Nanso onipa ba, nsuro wɔn,+ na wɔn nsɛm nso, nsuro. Ɛwom, nnipa a wɔasen wɔn kɔn ne nsɔe*+ atwa wo ho ahyia, na wo ne nkekantwɛre na ɛte, nanso nsuro wɔn nsɛm,+ na mmɔ hu wɔ wɔn anim;+ wɔyɛ atuatewfo. 7 Sɛ wotie oo, wɔantie oo, wo de, ka m’asɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatewfo.+
8 “Na wo, onipa ba, tie nea mereka akyerɛ wo yi. Nyɛ wo ho otuatewfo te sɛ atuatewfo yi. Bue w’anom na we nea mede rema wo yi.”+
9 Bere a mehwɛe no, mihui sɛ nsa bi ateɛ wɔ m’anim,+ na ekura nhoma mmobɔwee*+ a wɔakyerɛw mu. 10 Bere a ɔtrɛw mu wɔ m’anim no, mihui sɛ wɔakyerɛw anim ne akyi nyinaa.+ Nea na wɔakyerɛw wom no yɛ awerɛhow nnwom* ne abooboo ne osu.+
3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, we* nea wuhu yi. We nhoma mmobɔwee yi na kɔkasa kyerɛ Israel fi.”+
2 Enti mibuee m’anom, na ɔma mewee nhoma mmobɔwee no. 3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, nhoma mmobɔwee a mede rema wo yi, we na ɛnhyɛ wo yafunu ma.” Enti mewee, na ɛyɛɛ m’anom dɛdɛɛdɛ te sɛ ɛwo.+
4 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, kɔ Israel fi kɔka m’anom asɛm kyerɛ wɔn. 5 Wɔn a meresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no, ɛnyɛ ɔman a wɔka pɔtɔ kasa anaa kasa a wonte, na mmom Israel fi. 6 Ɛnyɛ aman pii a wɔka pɔtɔ kasa anaa kasa foforo a wonte ase nkyɛn na meresoma wo akɔ. Sɛ wɔn nkyɛn na mesomaa wo a, anka wobetie wo.+ 7 Nanso Israel fi de, wɔrentie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me.+ Israel fi nyinaa yɛ asobrakye na wɔn koma yɛ den.+ 8 Hwɛ, mama w’anim ayɛ den te sɛ wɔn anim, na wo moma so ayɛ den te sɛ wɔn moma so.+ 9 Mama wo moma so ayɛ sɛ dɛnkyɛmmo, na ayɛ den sen ɔbo.*+ Nsuro wɔn na mmɔ hu wɔn anim;+ wɔyɛ atuatewfo.”*
10 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, ma nsɛm a mereka akyerɛ wo no nyinaa nna wo koma so na tie. 11 Kɔ wo manfo* a wɔatu wɔn afi wɔn asaase so+ no nkyɛn kɔkasa kyerɛ wɔn. Sɛ wotie oo, wɔantie oo,+ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni.’”
12 Afei honhom bi maa me so,+ na metee sɛ nne bi rebobom wɔ m’akyi sɛ: “Anuonyam ne ayeyi nka Yehowa wɔ ne tenabea.” 13 Na metee ateasefo* no ntaban a ɛretwitwiw ho no nnyigyei,+ ntwahonan a ɛwɔ nkyɛn no nnyigyei,+ ne mmobom kɛse bi. 14 Honhom no maa me so kɔe; merekɔ no midii yaw, na me bo fuwii wɔ me mu,* na Yehowa nsa soo me mu denneennen. 15 Enti mekɔɔ atukɔfo a wɔtete Asubɔnten Kebar ho+ no nkyɛn wɔ Tel-Abib. Baabi a wɔte no, metenaa wɔn mu nnanson; ná mayɛ bɔmm.+
16 Nnanson no awiei no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:
17 “Onipa ba, mede wo ayɛ Israel fi wɛmfo,+ enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.+ 18 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefo sɛ, ‘Owu na wubewu,’ na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefo no amma wannyae ne bɔne na wannya nkwa+ a, obewu ne bɔne mu efisɛ ɔyɛ ɔbɔnefo,+ nanso ne mogya de, mebisa afi wo hɔ.*+ 19 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefo kɔkɔ na wamfi n’amumɔyɛ ho ne ne kwammɔne so a, obewu ne bɔne mu, na wo de, wubegye wo ho* nkwa.+ 20 Nanso sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne* a, mede hintidua bɛto n’anim na obewu.+ Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, ne bɔne nti obewu, na wɔrenkae adetrenee a ɔyɛe no, nanso ne mogya de, mebisa afi wo hɔ.*+ 21 Na sɛ wobɔ ɔtreneeni kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ bɔne, na sɛ wanyɛ bɔne a, obenya nkwa efisɛ woabɔ no kɔkɔ,+ na wo nso wubegye wo ho* nkwa.”
22 Yehowa honhom* baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Sɔre kɔ asaasetraa no so, na me ne wo bɛkasa wɔ hɔ.” 23 Enti mesɔre kɔɔ asaasetraa no so; menkɔhwɛ a, Yehowa anuonyam ni!+ Ná ɛte sɛ anuonyam a mihui wɔ Asubɔnten Kebar ho+ no, na mede m’anim butuw fam. 24 Ɛnna honhom baa me mu, na ɛma migyinaa me nan so,+ na Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ:
“Kɔhyɛ wo fi na tom. 25 Na wo, onipa ba, wɔde nhama bɛkyekyere wo, na worentumi mfi adi nkɔ wɔn nkyɛn. 26 Na mɛma wo tɛkrɛma afam wo dodom na woatɔ mum, na worentumi nkasa nkyerɛ wɔn, efisɛ wɔyɛ atuatewfo. 27 Nanso sɛ me ne wo kasa a, mebue w’ano na woaka akyerɛ wɔn+ sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni.’ Nea obetie ntie,+ na nea ɔrentie no nnyae, efisɛ wɔyɛ atuatewfo.+
4 “Na wo, onipa ba, fa birikisi to w’anim na yɛ Yerusalem kurow mfoni* gu so. 2 Ka kurow no hyem+ na to akoban* fa ho,+ gye ban wɔ ho na twa ho hyia,*+ na fa mfiri a wɔde dwiriw afasu twa ho hyia.+ 3 Fa dade apampaa yɛ sɛ ɔfasu si wo ne kurow no ntam na gyen w’ani hwɛ; ma ɛnyɛ kurow a wɔaka ahyem; ka kurow no hyem. Eyi yɛ sɛnkyerɛnne ma Israel fi.+
4 “Afei da wo benkum so, na fa Israel fi bɔne soa.*+ Nna dodow a wobɛda wo nkyɛnmu nyinaa, wobɛsoa wɔn bɔne. 5 Na mede mfe a wɔde yɛɛ bɔne no bɛma wo; ɛbɛyɛ nnafua 390 ama wo,+ na wobɛsoa Israel fi bɔne. 6 Hwɛ di so pɛpɛɛpɛ.
“Ɛno akyi no, wobɛda hɔ ne mprenu so wɔ wo nifa so, na wobɛsoa Yuda fi bɔne+ nnafua 40. Mede da koro biara ayɛ afe ama wo. 7 Afei dan w’ani kyerɛ Yerusalem a woaka ahyem no,+ na yi w’abasa ho na hyɛ nkɔm tia kurow no.
8 “Hwɛ, mede hama bɛkyekyere wo sɛnea ɛbɛyɛ a worentumi nnan wo ho mfi ɔfã baako nkɔ ɔfã foforo, kosi sɛ nna a wode bɛka ahyem no bɛba awiei.
9 “Afei fa hwiit, baali,* apatram,* asɛdua, awi,* ne kɔkɔte* gu ade baako mu, na fa yɛ paanoo, na di no nnafua 390+ a wode bɛda wo nkyɛnmu no nyinaa. 10 Wobɛkari aduan a wubedi, na da biara wubedi nnwetɛbona* 20. Wubedi no mmere pɔtee bi mu.
11 “Nsu a wobɛnom nso, wofa hin susutoa baako a, wobɛkyɛ mu asia na woanom baako.* Wobɛnom no mmere pɔtee bi mu.
12 “Wubedi paanoo no sɛnea wodi baali paanoo a wɔabɔ no nkuruwankuruwa; nnipa tiafi a awo na wode bɛyɛ ogya atõ wɔ wɔn anim.” 13 Yehowa toaa so kae sɛ: “Saa ara na Israelfo bedi paanoo a ɛho ntew wɔ aman a mɛbɔ wɔn ahwete so no mu.”+
14 Afei mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa, eyi de ɛyɛ den. Efi me mmofraase besi nnɛ menwee aboa funu anaa aboa a wɔatetew ne mu mfa nguu me* ho fĩ da,+ na nam a ɛho ntew* biara nso nkaa m’ano da.”+
15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mate. Mede nantwibin asi nnipa tiafi ananmu ama wo sɛ tõ wo paanoo no wɔ so.” 16 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, merebɛma aduan ho ayɛ den* wɔ Yerusalem,+ na wɔde ahoyeraw kɛse bedi aduan a wɔakari ama wɔn,+ na wɔde ehu anom nsu a wɔasusuw ama wɔn no.+ 17 Aduan* ne nsu ho bɛyɛ den ara ma ahodwiriw nti, obiara bɛhwɛ ne yɔnko anim; wɔn bɔne nti wɔbɛtetew pasaa.
5 “Na wo, onipa ba, fa sekan nnamnam yɛ oyiwan yi wo ti nwi ne w’abogyesɛ. Afei fa nsenia* kari nwi no na kyekyɛ mu. 2 Sɛ nna a wode bɛka kurow no ahyem no ba awiei+ a, kyɛ nwi no mu abiɛsa na hyew emu baako wɔ kurow no mu. Baako nso, fa sekan twitwa wɔ kurow no afã nyinaa.+ Nea ɛto so abiɛsa no nso, pete bi gu mframa mu, na mɛtwe sekan adi wɔn akyi.+
3 “Afei fa kakra na kyekyere wɔ w’ataade ano. 4 Bio nso, san fa bi gu ogya mu na hyew. Ogya befi eyi mu atrɛw akɔ Israel fi nyinaa.+
5 “Awurade Tumfo Yehowa asɛm ne sɛ: ‘Yerusalem ni. Mede no asi amanaman mfinimfini, na aman atwa ne ho nyinaa ahyia. 6 Nanso wasɔre atia m’atemmusɛm ne m’ahyɛde na wayɛ bɔne asen aman ne nkurow a atwa ne ho ahyia nyinaa,+ efisɛ wapo m’atemmusɛm na wanni m’ahyɛde so.’
7 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Esiane sɛ na mo ho yɛ ahometew sen aman a atwa mo ho ahyia, na moanni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so, na mudii aman a atwa mo ho ahyia no atemmusɛm so nti,+ 8 nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Wo saa kurow yi, me ne wo wɔ asɛm,+ na mebu wo atɛn wɔ aman nyinaa anim.+ 9 Akyiwade a woayɛ yi nyinaa nti,+ mɛyɛ wo ade a menyɛɛ bi da, na merenyɛ biribi saa bio.
10 “‘“Enti agyanom a wɔwɔ wo mu bɛwe wɔn mma,+ na mma awe wɔn agyanom, na mebu wo atɛn, na wɔn a wɔbɛka wɔ wo mu nso, mɛbɔ wɔn nyinaa ahwete baabiara.”’*+
11 “Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, ‘Mete ase yi de, esiane sɛ me kronkronbea na wode w’abosom fĩ ne w’akyiwade nyinaa agu ho fĩ nti,+ me nso mɛpo* wo na merenhu wo mmɔbɔ, na me yam renhyehye me mma wo.+ 12 Nsanyare a edi awu bekunkum wo mu nkyem abiɛsa mu baako na ɔkɔm ahyew wɔn ase. Nkyem abiɛsa mu baako nso bewuwu sekan ano+ atwa wo ho ahyia. Na baako a aka no nso, mɛbɔ wɔn ahwete baabiara* na matwe sekan adi wɔn akyi.+ 13 Afei m’abufuw to betwa, na m’ani a abere wɔn so no bɛkɔ fam na me bo adwo.+ Na sɛ m’abufuw ba wɔn so wie a, wobehu sɛ me Yehowa na makasa, efisɛ mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+
14 “‘Mɛma wɔasɛe wo pasaa na w’anim agu ase wɔ aman a atwa wo ho ahyia nyinaa ne obiara a obetwam anim.+ 15 Aman a atwa wo ho ahyia no begu w’anim ase na wɔatwa wo adapaa,+ na bere a mede abufuw abu wo atɛn na mede anibere atwe w’aso no, wobɛyɛ sɛnnahɔ na amanaman no hu wo a, wɔn ho adwiriw wɔn. Me Yehowa na maka.
16 “‘Mede ɔkɔm bɛba wɔn so te sɛ agyan a ɛyɛ hu de asɛe wɔn. Agyan a mede bɛba mo so no bɛsɛe mo.+ Mɛma aduan ho ayɛ den ama mo na ɔkɔm no ayɛ kɛse.* + 17 Mɛsoma ɔkɔm ne mmoa bɔne abekunkum mo mma.+ Nsanyare a edi awu ne mogya bebu afa mo so, na mɛtwe mo so sekan.+ Me Yehowa na maka.’”
6 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔw na hyɛ nkɔm tia wɔn. 3 Ka sɛ, ‘O Israel mmepɔw, muntie Awurade Tumfo Yehowa asɛm: Nea Awurade Tumfo Yehowa aka akyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubɔnten ne nsubon ni: “Hwɛ! Mɛtwe mo so sekan, na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea.* 4 Wobebubu mo afɔremuka ne nneɛma a mode hyew aduhuam no.+ Na mɛtow mo nkurɔfo a wɔawuwu no agu mo abosom fĩ* anim.+ 5 Mɛtow Israelfo afunu agu wɔn abosom fĩ anim, na mɛbɔ mo nnompe apete mo afɔremuka ho nyinaa ahyia.+ 6 Nkurow a motete mu nyinaa wɔbɛsɛe no pasaa,+ na wobedwiriw mo sorɔnsorɔmmea agu na ada mpan. Wobebubu mo afɔremuka no pasaa,+ wɔbɛsɛe mo abosom fĩ no, wobetwitwa nneɛma a mode hyew aduhuam no agu, na wɔbɛsɛe mo nsa ano adwuma nyinaa. 7 Nnipa bewuwu mo mfinimfini,+ na mubehu sɛ mene Yehowa.+
8 “‘“Nanso sɛ mobɔ hwete nsaase no nyinaa so a, mɛma mo mu bi aguan afi sekan ano wɔ amanaman no mu.+ 9 Na nkurɔfo a wɔanya wɔn ti adidi mu no bɛkae me wɔ aman a wɔakyere wɔn kɔ so no mu.+ Wobehu sɛ me koma abubu, efisɛ wɔn koma anni me nokware* na atwe afi me ho,+ na wɔde akɔnnɔ aniwa* dii wɔn abosom fĩ akyi.+ Nneɛma bɔne ne akyiwade a wɔayɛ nyinaa bɛyɛ wɔn tan na wɔn ani awu.+ 10 Wobehu sɛ mene Yehowa, na mmusu a mekae sɛ mede bɛba wɔn so no, na ɛnyɛ ahunahuna kɛkɛ.”’+
11 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Israel fi amumɔyɛde ne n’akyiwade nyinaa nti, bɔ wo nsam na fa wo nan pempem hɔ na di awerɛhow, efisɛ sekan, ɔkɔm, ne nsanyare a edi awu bekunkum wɔn.+ 12 Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no, nsanyare a edi awu bekunkum wɔn; wɔn a wɔbɛn no, wobewuwu sekan ano; wɔn a wobefi mu aka no, ɔkɔm bekunkum wɔn, na mehwie m’abufuw nyinaa agu wɔn so.+ 13 Na wobehu sɛ mene Yehowa+ bere a wɔn nkurɔfo awuwu gu wɔn abosom fĩ ntam, wɔn afɔremuka ho nyinaa,+ nkoko atenten nyinaa so, mmepɔw nyinaa so, ne nnua kusuu ne nnua akɛse ase, faako a wɔbɔ afɔre huamhuam ma wɔn abosom fĩ nyinaa no.+ 14 Mɛteɛ me nsa wɔ wɔn so na mama asaase no asɛe pasaa, na wɔn tenabea nyinaa bɛsɛe asen sare a ɛbɛn Dibla no. Na wobehu sɛ mene Yehowa.’”
7 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Wo, onipa ba, nea Awurade Tumfo Yehowa aka akyerɛ Israel asaase ni: ‘Awiei! Awiei no adu ama asaase no afanan nyinaa. 3 Afei w’awiei adu, na mehwie m’abufuw agu wo so; mebu wo atɛn sɛnea w’akwan te na mama woabu w’akyiwade nyinaa ho akontaa. 4 Merenhu wo mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wo;+ mɛma w’akwan adan aba wo so, na mɛma woatwa w’ankasa akyiwade so aba,+ na mubehu sɛ mene Yehowa.’+
5 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, mmusu reba! Mmusu soronko bi reba.+ 6 Awiei bi nam kwan so; awiei no bɛba; ɛbɛsɔre* aba wo so. Hwɛ, ɛreba. 7 Wo a wote asaase no so, adu wo so.* Bere no reba, na da no abɛn.+ Ɛbɛyɛ gyegyeegye, na ɛrenyɛ mmepɔw so osebɔ.
8 “‘Ɛrenkyɛ koraa mɛma m’ani abere wo so,+ na mahwie m’abufuw nyinaa agu wo so;+ mebu wo atɛn sɛnea w’akwan te, na mama woabu w’akyiwade nyinaa ho akontaa. 9 Merenhu wo mmɔbɔ, na me yam renhyehye me mma wo;+ mɛma w’akwan adan aba wo so na woatwa w’ankasa akyiwade so aba, na mubehu sɛ me Yehowa na mama me nsa so atia mo.+
10 “‘Hwɛ, ɛda no reba! Abɛn!+ Adu wo so;* abaa no afefɛw na ahantan afifi. 11 Basabasayɛ anyin abɛyɛ amumɔyɛ abaa.+ Wɔn ankasa oo, wɔn ahode oo, wɔn dɔm oo, wɔn anuonyam oo, emu biara renka. 12 Ɛbere no bɛso, na da no bedu. Mma nea ɔtɔ nnni ahurusi na nea ɔtɔn nso nnni awerɛhow, efisɛ abufuhyew aba dɔm no nyinaa so.*+ 13 Sɛ nea ɔtɔn no nya ne ti didi mu mpo a, ɔrentumi nsan nkɔ nea watɔn no ho, efisɛ anisoadehu no fa nnipa no nyinaa ho. Obiara rensan n’akyi, na wɔn bɔne nti obiara rentumi* nnye ne ho nkwa.
14 “‘Wɔahyɛn torobɛnto+ na obiara asiesie ne ho, nanso obiara nni hɔ a ɔrekɔko, efisɛ m’abufuhyew aba nnipa no nyinaa so.+ 15 Afoa* retwɛn wɔ abɔnten,+ na nsanyare a edi awu ne ɔkɔm wɔ fie. Obiara a ɔwɔ afuw mu no, afoa bekum no, na wɔn a wɔwɔ kurow mu no, ɔkɔm ne nsanyare a edi awu bɛmene wɔn.+ 16 Wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no beguan akɔ mmepɔw so, na wɔbɛyɛ sɛ abon mu mmuruburuw, na obiara bɔne nti, obesi apini.+ 17 Wɔn nsa nyinaa bedwudwo, na nsu bɛteɛ afa wɔn nkotodwe ho.*+ 18 Wobefurafura awerɛhow ntama*+ na wɔn ho apopo.* Wɔn nyinaa ani bewu na wɔn nyinaa ti so apa.*+
19 “‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sika kɔkɔɔ bɛyɛ wɔn tan. Yehowa abufuw da no,+ wɔn dwetɛ anaa wɔn sika kɔkɔɔ rentumi nnye wɔn. Ɛremma wɔmmee* na wɔn yafunu renyɛ ma, efisɛ ayɛ* hintidua a ɛma wɔyɛ bɔne. 20 Wɔn agude fɛfɛ no nti wɔayɛ ahantan, na wɔde ayɛ* akyiwade ahoni, kyerɛ sɛ, wɔn abosom fĩ no.+ Enti mɛma adan atantanne ama wɔn. 21 Mede bɛhyɛ* ahɔho nsa ma wɔafom, na mede ama asaase so nnebɔneyɛfo ma wɔafa no sɛ nneɛma a wɔanya afi ɔko mu, na wobegu ho fĩ.
22 “‘Meyi m’ani afi wɔn so,+ na wobegu me hintabea* ho fĩ, na akorɔmfo-werɛmfo bɛba abegu ho fĩ.+
23 “‘Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn* no,+ efisɛ ntɛnkyea mogya ahyɛ asaase no so ma,+ na basabasayɛ nso ayɛ kurow no ma.+ 24 Mede aman no mu abɔnefo bɛba+ ma wɔabɛfa wɔn afi;+ mɛma ahoɔdenfo ahantan atu ayera na wɔn kronkronbea ho agu fĩ.+ 25 Sɛ wɔn ahoyeraw ba a, wɔbɛhwehwɛ asomdwoe nanso wɔrennya.+ 26 Mmusu bedi mmusu akyi, amanneɛbɔ bedi amanneɛbɔ akyi, na nnipa bɛhwehwɛ anisoadehu afi odiyifo hɔ,+ nanso mmara* bɛbɔ ɔsɔfo, na afotu* abɔ mpanyimfo.+ 27 Ɔhene bedi awerɛhow,+ na obirɛmpɔn befura ahoyeraw* na ehu bɛma asaase no sofo nsa awosow. Me ne wɔn bedi sɛnea wɔn akwan te, na sɛnea wɔabu atɛn no, saa ara na mebu wɔn atɛn, na wobehu sɛ mene Yehowa.’”+
8 Afe a ɛto so asia, bosome a ɛto so asia no da a ɛto so anum a mete fie na Yuda mpanyimfo tete m’anim no, Awurade Tumfo Yehowa honhom* baa me so wɔ hɔ. 2 Afei mihuu obi a ɔte sɛ ogya; efi baabi a ayɛ sɛ n’asen reba fam no yɛ ogya,+ na efi n’asen rekɔ soro nso mihuu biribi a ɛhyerɛn te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a adi afra.+ 3 Na ɔteɛɛ biribi a ɛte sɛ nsa de soo me ti nwi mu, na honhom bi maa me so wɔ Onyankopɔn anisoadehu mu, na ɛde me faa asaase ne ɔsoro ntam kɔɔ Yerusalem kopuee ɔponkɛse a ɛhwɛ atifi fam no ano; ɛno na ɛkɔ adiwo a ɛwɔ mfinimfini no.+ Ɛhɔ na na ninkuntwe bosom* a ɛma Onyankopɔn twe ninkunu no si.+ 4 Na mihuu Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ hɔ+ te sɛ nea mihui wɔ asaasetraa no so no.+
5 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, mesrɛ wo ma w’ani so hwɛ atifi fam.” Ɛnna memaa m’ani so hwɛɛ atifi fam, na mihuu ninkuntwe bosom* bi sɛ esi afɔremuka no pon ano wɔ atifi fam. 6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu akyiwade akɛse a Israel fi reyɛ wɔ ha?+ Nneɛma yi ama matwe me ho afi me kronkronbea no ho kɔ akyirikyiri.+ Nanso wubehu akyiwade a ɛkyɛn eyi koraa.”
7 Ɛnna ɔde me kɔɔ adiwo pon no ano, na mihuu tokuru bi wɔ ɔfasu no mu. 8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, ma tokuru a ɛwɔ ɔfasu no mu nyɛ kɛse.” Enti mituu ɔfasu no mu maa tokuru no yɛɛ kɛse, na mihuu ɔpon bi wɔ hɔ. 9 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Kɔ mu kɔhwɛ akyiwade paa a wɔreyɛ wɔ hɔ.” 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛe, na mihuu mmoa a wɔwea ne mmoa a wɔn ho yɛ nwini+ nyinaa bi ne Israel fi abosom fĩ* nyinaa+ mfoni* wɔ ɔfasu no ho baabiara. 11 Ná Israel fi mpanyimfo 70 a Safan+ ba Yaasania ka wɔn ho gyinagyina ɔfasu no anim. Ná obiara kura ade a wɔhyew aduhuam wom, na na aduhuam no wusiw reforo kɔ soro.+ 12 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu nea Israel fi mpanyimfo no reyɛ wɔ sum mu? Obiara hyɛ pia mu, baabi a n’abosom wɔ. Nea wɔka ne sɛ, ‘Yehowa nhu yɛn. Yehowa agyaw asaase no hɔ.’”+
13 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Wubehu akyiwade akɛse a ɛkyɛn eyi koraa a wɔreyɛ.” 14 Enti ɔde me kɔɔ Yehowa fi pon a ɛhwɛ atifi fam no ano, na mihui sɛ mmea bi tete hɔ resu onyame Tamus.
15 Na ɔka kyerɛɛ me bio sɛ: “Onipa ba, woahu nea ɛrekɔ so? Wubehu akyiwade akɛse a ɛkyɛn eyi koraa.”+ 16 Enti ɔde me kɔɔ Yehowa fi adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ no.+ Yehowa asɔrefi kwan ano, abrannaa no ne afɔremuka no ntam no, mihuu mmarima 25 a wɔn akyi kyerɛ Yehowa asɔrefi no na wɔn anim hwɛ apuei fam sɛ wɔrekotow owia wɔ apuei fam.+
17 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu nea ɛrekɔ so? So ɛyɛ ade ketewa sɛ Yuda fi bɛyɛ akyiwade a wɔreyɛ wɔ ha yi? Wɔde amumɔyɛ ahyɛ asaase no so ma+ na wɔrehyɛ me abufuw. Afei de wɔde dubaa* no rebɛhyɛ me hwene mu. 18 Me nso, me ne wɔn bedi no abufuw so. Merenhu wɔn mmɔbɔ,+ na me yam renhyehye me mma wɔn. Sɛ wosu teɛteɛm gu m’asom mpo a, merentie wɔn.”+
9 Afei ɔteɛɛm denneennen wɔ m’asom sɛ: “Frɛ wɔn a wɔde atemmu reba kurow no so no sɛ obiara mfa ne dade a ɔde bɛsɛe ade nkura ne nsam mmra!”
2 Atifi ponkɛse+ a ɛhwɛ atifi fam no, mihuu mmarima baasia sɛ wofi ɔkwan a ɛda hɔ no so reba. Ná wɔn mu biara kura dade a ɔde bɛsɛe ade, na na ɔbarima baako ka wɔn ho a ɔhyɛ nwera ataade a ɔkyerɛwfo toa* bɔ n’asen; wobegyinagyinaa kɔbere afɔremuka no ho.+
3 Ɛnna Israel Nyankopɔn anuonyam+ a ɛwɔ kerubim so no fii baabi a ɛwɔ no baa ofi no pon ano,+ na Onyankopɔn teɛɛm frɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataade a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no. 4 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Sen fa Yerusalem kurow no abɔnten so, na wɔn a wɔresi apini na wɔredi abooboo+ wɔ akyiwade a wɔreyɛ wɔ hɔ nyinaa ho no,+ hyɛ wɔn moma so agyirae.”
5 Metee sɛ ɔreka akyerɛ wɔn a wɔaka no sɛ: “Munni n’akyi mfa kurow no mu na munkunkum wɔn. Munnhu obiara mmɔbɔ, na mommma mo yam nnhyehye mo mmma wɔn.+ 6 Nkwakoraa oo, mmerante oo, mmaabun oo, mmofra oo, mmea oo, munkunkum wɔn nyinaa.+ Na obiara a wɔahyɛ no agyirae no de, mommmɛn no.+ Mumfi ase mfi me kronkronbea hɔ.”+ Enti wofii ase wɔ mpanyimfo a wɔwɔ asɔredan no anim no so.+ 7 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mungu asɔredan no ho fĩ na munkunkum nnipa nhyɛ adiwo hɔ ma.+ Monkɔ!” Ɛnna wofii adi kokunkum nnipa wɔ kurow no mu.
8 Bere a wɔrekunkum nnipa no, ɛkaa me nko ara, na mede m’anim butuw fam teɛɛm sɛ: “Ao, Awurade Tumfo Yehowa! Enti wubehwie w’abufuw agu Yerusalem so asɛe Israelfo a wɔaka nyinaa?”+
9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Israel fi ne Yuda bɔne so papaapa.+ Mogyahwiegu ahyɛ asaase no so ma,+ na ɔporɔw ahyɛ kurow no ma.+ Nea wɔka ne sɛ, ‘Yehowa agyaw asaase no hɔ, na Yehowa nhu nea ɛrekɔ so.’+ 10 Enti me nso merenhu obiara mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wɔn.+ Mɛma wɔn nneyɛe ho nsunsuanso aba wɔn ti so.”
11 Afei mihuu ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataade a toa bɔ n’asen no sɛ ɔrebɔ amanneɛ sɛ: “Mayɛ sɛnea wokae no pɛpɛɛpɛ.”
10 Bere a migu so rehwɛ no, mihuu biribi te sɛ hoabo wɔ bamma a ɛwɔ kerubim no atifi no so, na na ayɛ sɛ ahengua.+ 2 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataade+ no sɛ: “Wura ntwahonan no mu,+ na kɔ kerubim no ase koyi nnyansramma+ wo nsa ma abien fi kerubim no mfinimfini na tow gu kurow no so.”+ Na mihui sɛ ɔkɔ hɔ.
3 Bere a ɔbarima no kɔɔ hɔ no, na kerubim no gyinagyina asɔredan no nifa so, na na omununkum ahyɛ adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ no ma. 4 Afei Yehowa anuonyam+ maa ne ho so fii kerubim no so kɔɔ asɔredan no pon ano, na nkakrankakra omununkum hyɛɛ asɔredan no ma,+ na Yehowa anuonyam hyerɛn adiwo hɔ nyinaa. 5 Sɛ obi wɔ asɔredan no adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no a, ɔte kerubim no ntaban nnyigyei te sɛ nea ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn na ɔrekasa.+
6 Afei ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataade no sɛ: “Yi ogya fi ntwahonan no ntam wɔ kerubim no mfinimfini.” Ɛnna ɔkɔɔ hɔ kogyinaa ntwahonan no ho. 7 Na kerubim no baako teɛɛ ne nsa yii ogya a ɛwɔ kerubim+ no ntam no bi de beguu ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataade+ no nsa abien nyinaa mu, na ɔno nso de kɔe. 8 Ná kerubim no biara wɔ biribi te sɛ nnipa nsa wɔ ne ntaban ase.+
9 Migu so rehwɛ no, mihuu ntwahonan anan wɔ kerubim no ho; ntwahonan baako wɔ kerubim biara nkyɛn, na ntwahonan no hyerɛn te sɛ sikaberebo.+ 10 Ná anan no nyinaa di nsɛ, na na ɛreyɛ akɔyɛ sɛ ntwahonan a ntwahonan foforo hyɛ mu. 11 Sɛ ebiara rekɔ a, etumi kɔ afã anan no nyinaa, nanso ɛnnan ne ho. Faako a anim* no kyerɛ no, ɛhɔ na ɛkɔ. Ɛrekɔ a, ɛnnan ne ho. 12 Ná aniwa tuatua wɔn ho baabiara, wɔn akyi, wɔn nsa, wɔn ntaban, ne ntwahonan no ho. Ná aniwa tuatua ntwahonan anan no ho nyinaa hyia.+ 13 Ntwahonan no de, metee nne bi sɛ ɛreka sɛ, “Ntwahonan, twa wo ho!”
14 Wɔn mu biara* wɔ anim anan. Nea edi kan yɛ kerubim anim, nea ɛto so abien yɛ onipa* anim, nea ɛto so abiɛsa yɛ gyata anim, na nea ɛto so anan yɛ ɔkɔre anim.+
15 Ná kerubim no tumi moma wɔn ho so; wɔn ara ne ateasefo* a mihuu wɔn* wɔ Asubɔnten Kebar ho+ no. 16 Baabiara a kerubim no bɛkɔ no, ntwahonan no nso di wɔn nkyɛn kɔ bi; na sɛ kerubim no ma wɔn ntaban so pagyaw wɔn ho fi asaase so a, ntwahonan no nnan ne ho na ɛntwe ne ho.+ 17 Sɛ wogyina a, na agyina; na sɛ wɔma wɔn ho so a, na ɛno nso ama ne ho so, efisɛ honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ateasefo no so* no, ɛno ara bi na ɛwɔ ntwahonan no mu.
18 Ɛnna Yehowa anuonyam+ fii asɔredan no pon ano kosii kerubim no so.+ 19 Migu so rehwɛ no, mihui sɛ kerubim no amoma wɔn ntaban so apagyaw wɔn ho afi asaase so. Bere a wɔrekɔ no, na ntwahonan no di wɔn nkyɛnmu. Wokogyinaa Yehowa fi pon a ɛwɔ apuei fam no ano, na na Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ wɔn atifi.+
20 Bere a mewɔ Asubɔnten Kebar ho+ no, eyinom ne ateasefo a mihui* sɛ Israel Nyankopɔn ahengua wɔ wɔn atifi no; mihui sɛ wɔyɛ kerubim. 21 Ná baanan yi mu biara wɔ anim anan ne ntaban anan, na biribi te sɛ onipa nsa wɔ wɔn ntaban ase.+ 22 Ná wɔn anim te sɛ anim a mihui wɔ Asubɔnten Kebar ho+ no pɛpɛɛpɛ. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee.+
11 Na honhom bi maa me so de me kɔɔ Yehowa fi pon a ani kyerɛ apuei fam no ano.+ Mihuu mmarima 25 wɔ ɔpon no ano; ná Asor ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia a wɔyɛ ɔman no mu mpanyimfo+ ka wɔn ho. 2 Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, mmarima yi na wɔbɔ pɔw bɔne na wotu fo bɔne wɔ kurow yi mu no.* 3 Wɔka sɛ, ‘Ɛnyɛ adansi bere ni anaa?+ Kurow yi ne dadesɛn* no,+ na yɛn ne nam no.’
4 “Enti hyɛ nkɔm tia wɔn. Onipa ba, hyɛ nkɔm.”+
5 Afei Yehowa honhom baa me so,+ na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ka sɛ, ‘Yehowa asɛm ni: “Israel fi, nea moaka no yɛ nokware, na minim adwene a moredwen. 6 Moama nnipa pii awuwu wɔ kurow yi mu, na mode afunu ahyɛ ne mmɔnten so ma.”’”+ 7 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Afunu a mode apete kurow yi mu no, wɔn ne nam no, na kurow no ne dadesɛn no;+ na mo nso wobeyi mo afi mu.’”
8 “‘Musuro sekan,+ nanso sekan na mede bɛba mo so,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 9 ‘Meyi mo afi kurow yi mu de mo ahyɛ ananafo nsa, na mebu mo atɛn.+ 10 Wɔde sekan bekunkum mo.+ Mebu mo atɛn wɔ Israel hye so,+ na mubehu sɛ mene Yehowa.+ 11 Kurow yi renyɛ sɛ dadesɛn mmɔ mo ho ban, na mo nso morenyɛ sɛ nam wɔ mu. Na mebu mo atɛn wɔ Israel hye so, 12 na mubehu sɛ mene Yehowa, efisɛ moanni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so,+ na mmom aman a atwa mo ho ahyia no atemmusɛm so na mudii.’”+
13 Bere a mehyɛɛ nkɔm no wiei ara na Benaia ba Pelatia wui, na mede m’anim butuw fam de nne kɛse teɛɛm sɛ, “Ao, Awurade Tumfo Yehowa! Enti worebɛhyew Israelfo a wɔaka yi nyinaa ase?”+
14 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 15 “Onipa ba, Yerusalemfo aka akyerɛ wo nuanom, wo nuanom a wɔwɔ hokwan sɛ wɔsan gye agyapade, ne Israel fi nyinaa sɛ, ‘Montwe mo ho mfi Yehowa ho nkɔ akyirikyiri. Asaase no yɛ yɛn dea; ɛyɛ agyapade a wɔde ama yɛn.’ 16 Enti ka sɛ, ‘Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni: “Ɛwom sɛ mayi wɔn kɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri so, na mabɔ wɔn ahwete nsaase no so+ de, nanso mɛyɛ sɛ tenabea kronkron ama wɔn bere tiaa bi wɔ nsaase a wɔakɔ so no so.”’+
17 “Enti ka sɛ, ‘Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni: “Meyi mo afi aman no mu nso na maboaboa mo ano afi nsaase a moahwete kɔ so no so, na mede Israel asaase bɛma mo.+ 18 Na wɔbɛsan aba hɔ abeyi akyiwade ne abofonode no nyinaa afi hɔ.+ 19 Na mɛma wɔayɛ baako*+ na mede honhom foforo ahyɛ wɔn mu;+ meyi koma a ɛte sɛ ɔbo no afi wɔn nipadua mu+ na mama wɔn koma a ɛyɛ mmerɛw;*+ 20 ɛno bɛma wɔadi m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so. Wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.”’
21 “‘“Na wɔn a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔde wɔn koma bedi wɔn akyiwade ne wɔn abofonode akyi no de, mɛma wɔn akwan ho nsunsuanso aba wɔn ti so,” Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.’”
22 Afei kerubim no momaa wɔn ntaban so bere a ntwahonan no di wɔn nkyɛnmu+ no, na na Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ wɔn atifi.+ 23 Ɛnna Yehowa anuonyam+ maa ne ho so fii kurow no mu kosii bepɔw a ɛwɔ kurow no apuei fam+ no so. 24 Afei honhom bi maa me so wɔ Onyankopɔn honhom anisoadehu mu de me baa wɔn a wɔatu wɔn afi wɔn man mu no nkyɛn wɔ Kaldea. Ɛnna anisoadehu a minyae no fii m’ani so. 25 Na mekaa nea Yehowa ma mihui no nyinaa kyerɛɛ atukɔfo no.
12 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, wote atuatewfo mu.* Wɔwɔ ani nanso wonhu ade, wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm,+ efisɛ wɔyɛ atuatewfo.+ 3 Na wo, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano na yɛ sɛ nea woretu akɔ obi man so. Tu fi baabi a wote kɔ baabi foforo; kɔ awiabere ma wonhu wo. Wɔyɛ atuatewfo de, nanso ebia wɔbɛte ase. 4 Fa wo nneɛma no fi adi awiabere te sɛ nea woretu akɔ ɔman foforo so ma wonhu, nanso kɔ anwummere; yɛ sɛ nea wɔretu wo akɔ ɔman foforo so.+
5 “Tu ɔdan no ho tokuru na fa wo nneɛma no fa mu pue+ ma wonhu wo. 6 Fa nneɛma no to wo kɔn ho na fi adi bere a esum aduru ma wonhu. Kata w’anim na woanhu fam, efisɛ mede wo reyɛ sɛnkyerɛnne ama Israel fi.”+
7 Ɛnna meyɛɛ nea ɔka kyerɛɛ me no pɛpɛɛpɛ. Awiabere mu na mede me nneɛma fii adi te sɛ nea meretu akɔ obi man so; eduu anwummere no, mede me nsa tuu ɔdan no ho tokuru. Afei esum durui no mede nneɛma no fii adi; mede too me kɔn ho ma wohui.
8 Eduu anɔpa no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Onipa ba, enti Israelfo a wɔyɛ atuatewfo no ammisa wo sɛ, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’ 10 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Atemmusɛm yi fa Yerusalem obirɛmpɔn+ ne Israel fifo a wɔwɔ kurow no mu nyinaa ho.”’
11 “Ka sɛ, ‘Meyɛ sɛnkyerɛnne ma mo.+ Nea mayɛ yi, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wobetu wɔn ase akɔ; wɔbɛkyere wɔn akɔ obi man so.+ 12 Obirɛmpɔn a ɔwɔ wɔn mu de ne nneɛma bɛto ne kɔn ho afi adi anadwo. Obetu ɔdan ho tokuru na ɔde ne nneɛma no afa mu apue.+ Ɔbɛkata n’anim na wanhu fam.’ 13 Mɛtrɛw m’atena mu agu no so, na m’atena beyi no.+ Afei mede no bɛkɔ Babilon, Kaldeafo asaase so, nanso ɔrenhu; ɛhɔ na obewu.+ 14 Wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa, n’aboafo ne n’asraafo nyinaa, mɛbɔ wɔn ahwete baabiara+ na matwe sekan adi wɔn akyi.+ 15 Sɛ mebɔ wɔn pete aman so na mehwete wɔn kɔ nsaase no so a, wobehu sɛ mene Yehowa. 16 Afoa,* ɔkɔm, ne nsanyare a edi awu a ɛbɛba no, mɛma mmarima kakra afi mu aka, na wɔatumi aka wɔn abofonode no nyinaa ho asɛm wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu, na wobehu sɛ mene Yehowa.”
17 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, fa ahopopo di w’aduan,* na fa ahohia ne ahoyeraw nom wo nsu.+ 19 Ka kyerɛ asaase no sofo sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka akyerɛ wɔn a wɔte Yerusalem wɔ Israel asaase so ni: “Wɔde ahoyeraw bedi wɔn aduan* na wɔde ehu anom wɔn nsu. Wɔn a wɔte asaase no so nyinaa amumɔyɛ nti,+ wɔn asaase no bɛda mpan.+ 20 Wɔbɛsɛe nkurow a wɔtete mu no pasaa na asaase no adan amamfo,+ na mubehu sɛ mene Yehowa.”’”+
21 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 22 “Onipa ba, akasabebu bɛn na ɛyɛ a wɔka wɔ Israel sɛ, ‘Ade kye na ade asa, nanso anisoadehu biara mma mu’?+ 23 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mɛma wɔagyae akasabebu yi ka, na wɔremmu saa bɛ no wɔ Israel bio.”’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nna no abɛn,+ na anisoadehu biara bɛba mu.’ 24 Na anisoadehu anaa nkɔmhyɛ biara a ɛnyɛ nokware* rentena Israel fi bio.+ 25 ‘“Na me Yehowa, mɛkasa. Nea mɛka biara bɛyɛ hɔ; ɛrenka akyi.+ Atuatewfo, mo bere so+ na mɛkasa, na mɛyɛ nso,” Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.’”
26 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 27 “Onipa ba, Israelfo* rekeka sɛ, ‘N’anisoadehu no nyɛ nnɛ ne ɔkyena asɛm, na ne nkɔmhyɛ no fa bere a ɛwɔ akyirikyiri ho.’+ 28 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “‘M’asɛm biara renka akyi. Nea mɛka biara bɛyɛ hɔ,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”’”
13 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ Israel adiyifo no ho nkɔm,+ na ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim* hyɛ nkɔm+ no sɛ, ‘Muntie Yehowa asɛm. 3 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Adiyifo nkwaseafo no nnue! Wɔn na wodi wɔn ankasa honhom akyi bere a wonhuu hwee.+ 4 O Israel, w’adiyifo ayɛ sɛ sakraman a wɔte amamfo so. 5 Ɔfasu a abubu no, morentumi nkogyina ho nsan nto mma Israel fi+ na ɔko ba Yehowa da+ no a, Israel atumi agyina.” 6 “Wonya anisoadehu a ɛnyɛ nokware, na wɔhyɛ nkɔm a ɛyɛ atoro ka sɛ, ‘Yehowa se,’ bere a Yehowa nsomaa wɔn, na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn asɛm no bɛba mu.+ 7 Sɛ moka sɛ ‘Yehowa se,’ bere a menkaa hwee a, ɛnyɛ atoro anisoade na muhu yi, na ɛnyɛ nkɔm a ɛyɛ atoro na mohyɛ?”’
8 “‘Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “‘Esiane sɛ moka nkontomposɛm na mo anisoadehu yɛ atoro nti, me ne mo wɔ asɛm,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”+ 9 Me nsa bɛba adiyifo a wɔn anisoadehu yɛ atoro na wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokware+ no so. Meremfa wɔn nka wɔn a me ne wɔn di atirimsɛm no ho, na wɔn din nso remma Israel fi kyerɛwtohɔ mu; na wɔrensan mma Israel asaase so; na mubehu sɛ mene Awurade Tumfo Yehowa.+ 10 Nea enti a ɛbɛba saa ne sɛ wɔadaadaa me man ama wɔafom kwan; wɔka sɛ, “Asomdwoe wɔ hɔ!” bere a asomdwoe biara nni hɔ.+ Wɔde adehunu biara to ɔfasu a, na ebinom nso aka ho akado.’*+
11 “Ka kyerɛ wɔn a wɔka ho akado no sɛ ebedwiriw agu. Osu bɛtɔ ayiri, asukɔtweaa bɛtɔ, na ahum akɛse bɛma abubu.+ 12 Sɛ ɔfasu no dwiriw gu a, nkurɔfo bebisa mo sɛ, ‘Ɛho akado no wɔ he?’+
13 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘M’anibere mu mɛma ahum akɛse atu, m’abufuw mu mɛma osu atɔ ayiri asram so, na m’abufuhyew mu mɛma asukɔtweaa atɔ asɛe ade. 14 Medwiriw ɔfasu a moaka ho akado no agu fam na ne fapem ho ada hɔ. Sɛ kurow no hwe ase a, mo ase bɛtɔre wɔ mu, na mubehu sɛ mene Yehowa.’
15 “‘Sɛ mihwie m’abufuw nyinaa gu ɔfasu no ne wɔn a wɔkaa ho akado no so a, mɛka akyerɛ mo sɛ: “Ɔfasu no nni hɔ bio, na wɔn a wɔkaa ho no nso nni hɔ bio.+ 16 Israel adiyifo no nni hɔ bio; wɔn na wɔhyɛ nkɔm ma Yerusalem na wonya anisoadehu sɛ asomdwoe wɔ hɔ bere a asomdwoe nni hɔ no,”’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
17 “Na wo, onipa ba, fa w’ani si wo man mma mmea a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no so, na hyɛ wɔn ho nkɔm. 18 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Awurade Tumfo Yehowa se: “Munnue, mmea a mopam nneɛma ma nkurɔfo de bobɔ wɔn nsa* na moyɛ nkataanim ma eti nketewa ne akɛse sɛ mode besum nkurɔfo* afiri! Bere a musum me nkurɔfo* afiri no, mo de, morebɔ mmɔden sɛ mubegye mo ho* nkwa anaa? 19 Baali* nsa ma ne paanoo sin nti mubegu me ho fĩ+ wɔ me man anim? Mo nkontomposɛm a me man tie nti, mukunkum wɔn* a ɛmfata sɛ wowu, na mokora wɔn* a ɛnsɛ sɛ wɔtena ase so.”’+
20 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Mmea, mɛsɔre atia ade a mopam bobɔ nkurɔfo nsa de sum wɔn afiri te sɛ nnomaa no, na mɛtetew afi mo nsa ama nnipa* a moayi wɔn sɛ nnomaa no afa wɔn ho adi. 21 Mɛtetew mo nkataanim no mu na magye me man afi mo nsam, na morennya wɔn nyi wɔn bio. Na mubehu sɛ mene Yehowa.+ 22 Mode mo nnaadaasɛm no ama ɔtreneeni koma abotow+ bere a menhyɛɛ no awerɛhow,* na moahyɛ ɔdebɔneyɛfo nsam den+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrentwe ne ho mfi ne kwammɔne ho na wanya nkwa.+ 23 Enti mmea, morennya atoro anisoadehu bio, na morenhyɛ nkɔm a ɛyɛ atoro nso bio;+ megye me man afi mo nsam, na mubehu sɛ mene Yehowa.’”
14 Na Israel mpanyimfo no bi baa me nkyɛn na wɔbɛtenaa m’anim.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 3 “Onipa ba, mmarima yi asi wɔn bo sɛ wobedi wɔn abosom fĩ* no akyi, na hintidua a wɔde ato hɔ no ama nkurɔfo reyɛ bɔne. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mitie wɔn abisade?+ 4 Afei wo ne wɔn nkasa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Sɛ Israelni bi asi ne bo sɛ obedi n’abosom fĩ akyi na ɔde hintidua to hɔ ma nkurɔfo yɛ bɔne na sɛ ɔde n’abisade bɛto odiyifo anim a, me Yehowa, mebua no sɛnea n’abosom fĩ no dodow te. 5 Mede ehu bɛhyɛ Israel fi koma mu,* efisɛ wɔn nyinaa awae afi me ho akodi wɔn abosom fĩ no akyi.”’+
6 “Enti ka kyerɛ Israel fi sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Monsan mmra, montwe mo ho mfi mo abosom fĩ no ho; monnan mo ho mfi akyiwade a moreyɛ no nyinaa ho.+ 7 Sɛ Israelni anaa ɔhɔho a ɔte Israel twe ne ho fi me ho na osi ne bo sɛ obedi n’abosom fĩ akyi, na ɔde hintidua to hɔ ma nkurɔfo yɛ bɔne na sɛ ɔba odiyifo nkyɛn de n’abisade bɛto n’anim+ a, me Yehowa, m’ankasa meyi n’ano. 8 Mɛma m’ani asa saa onipa no, na mede no bɛyɛ sɛnnahɔ ne akasabebu, na metwa no afi me nkurɔfo mu;+ na mubehu sɛ mene Yehowa.”’
9 “‘Na sɛ odiyifo no ka nnaadaasɛm bi a, me Yehowa na madaadaa odiyifo no;+ na mɛteɛ me nsa wɔ no so na masɛe no pasaa afi me man Israel mu. 10 Na wɔn bɔne ho nsunsuanso bɛba wɔn ti so. Ɔdebisafo no bɔne bɛyɛ te sɛ odiyifo no bɔne pɛpɛɛpɛ, 11 na Israel fi amman amfi m’akyi na wɔamfa wɔn nneɛma bɔne nyinaa angu wɔn ho fĩ bio. Afei wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
12 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 13 “Onipa ba, sɛ asaase bi anni nokware na ɛyɛ me bɔne a, mɛteɛ me nsa wɔ so na mama aduan ho ayɛ den ama no;*+ mɛma ɔkɔm aba so+ na matwa onipa ne aboa biara afi so.”+ 14 “‘Sɛ Noa,+ Daniel,+ ne Hiob+ mpo wɔ kurow no mu a, anka mmarima baasa yi nkutoo na wɔn trenee nti wobegye wɔn ho* nkwa,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
15 “‘Sɛ mema mmoa bɔne bɛfa asaase no so kunkum ɛso nnipa* ma ɛdan amamfo na mmoa bɔne no nti obiara ntwam mfa hɔ+ a, 16 mete ase yi, mmarima baasa yi mpo wɔ hɔ a, anka wɔrentumi nnye wɔn mma mmarima anaa wɔn mma mmea; wɔn nkutoo na wobegye wɔn ho nkwa, na asaase no bɛdan amamfo,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
17 “‘Anaa sɛ metwe asaase no so sekan,+ na meka sɛ: “Sekan mmɛfa asaase no so,” na mikunkum nnipa ne mmoa fi so+ a, 18 mete ase yi, mmarima baasa yi mpo wɔ hɔ a, anka wɔrentumi nnye wɔn mma mmarima anaa wɔn mma mmea; wɔn nkutoo na wɔn trenee nti wobegye wɔn ho nkwa,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
19 “‘Na sɛ mede nsanyare a edi awu ba asaase no so+ na mihwie m’abufuw gu so ma mogya hwie gu, na mitwa onipa ne aboa biara fi so, 20 na sɛ Noa,+ Daniel,+ ne Hiob+ mpo wɔ hɔ a, mete ase yi, anka wɔrentumi nnye wɔn mma mmarima anaa wɔn mma mmea; wɔn nkutoo na wɔn trenee nti wobegye wɔn ho* nkwa,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
21 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Saa ara na ɛbɛba bere a mede asotwe anan* yi,+ afoa,* ɔkɔm, mmoa bɔne, ne nsanyare a edi awu+ aba Yerusalem so de atwa nnipa ne mmoa afi so no.+ 22 Nanso ebinom benya wɔn ti adidi mu na wɔde wɔn afi adi;+ wɔyɛ mma mmarima ne mma mmea. Wɔbɛba mo nkyɛn, na sɛ muhu wɔn akwan ne wɔn nneyɛe a, mmusu ne biribiara a mede baa Yerusalem so no, mo werɛ bɛkyekye wɔ ho.’”
23 “‘Sɛ muhu wɔn akwan ne wɔn nneyɛe a, mo werɛ bɛkyekye, na mubehu sɛ nea mede baa kurow no so no fata,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
15 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, dɛn na bobe dua de kyɛn kwae mu dua foforo biara anaa ne dubaa? 3 Wobetumi atwa dua no bi de ayɛ biribi? Anaa wobetumi de nkankyee asensɛn so? 4 Hwɛ, wɔde gu ogya mu ma ɛhyew. Ogya no hyew anoano ma mfinimfini no nso hyew. Afei, dɛn na wubetumi de ayɛ? 5 Hwee nyɛɛ no mpo wode yɛ biribiara a ɛnyɛ yiye, na kampɛsɛ ogya aka no ma ahyew!”
6 “Enti Awurade Tumfo Yehowa aka sɛ, ‘Sɛnea mede bobe dua a ɛwɔ kwae mu ama ogya sɛ ɛnhyew no, saa ara na mɛyɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem.+ 7 Mede m’ani asi wɔn so. Wɔaguan afi ogya mu, nanso ogya na ɛbɛhyew wɔn. Na sɛ mede m’ani si wɔn so a, mubehu sɛ mene Yehowa.’”+
8 “‘Na mɛma asaase no ada mpan,+ efisɛ wɔanni nokware,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
16 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, ma Yerusalem nhu akyiwade a ɔreyɛ.+ 3 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka akyerɛ Yerusalem ni: “W’ase fi Kaanan, na ɛhɔ na wɔwoo wo. Wo papa yɛ Amorini+ na wo maame yɛ Hitini.+ 4 W’awo ho asɛm ni: Da a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, wɔamfa nsu anguare wo amma wo ho antew, wɔamfa nkyene ansrasra wo ho, na wɔamfa ntama ankyekyere wo ho. 5 W’asɛm anyɛ obiara mmɔbɔ amma wanyɛ eyinom mu biara amma wo. Obiara yam anhyehye no amma wo. Mmom wɔtow wo kyenee wuram, efisɛ da a wɔwoo wo no, na obiara mpɛ w’asɛm.*
6 “‘“Bere a meretwam no, mihui sɛ woda wo mogya mu repere. Woda wo mogya mu no, meka kyerɛɛ wo sɛ: ‘Nya nkwa!’ Ampa, woda wo mogya mu no, meka kyerɛɛ wo sɛ: ‘Nya nkwa!’ 7 Memaa w’ase trɛwee pii sɛnea afifide fifi wɔ wuram. Wunyin yɛɛ kama na wode agude hyehyɛɛ wo ho fɛfɛɛfɛ. Wo nufu bobɔe na wo nwi fuw yɛɛ bebree; nanso saa bere no nyinaa, na woda adagyaw a wonhyɛ hwee.”’
8 “‘Bere a meretwam a mebɛtoo wo no, mihui sɛ woaso aware. Enti metrɛw m’ataade mu wɔ wo so+ de kataa w’adagyaw so, na mekaa ntam ne wo yɛɛ apam ma wobɛyɛɛ me dea,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 9 ‘Afei nso, mede nsu guaree wo hohoroo wo ho mogya no, na mede ngo sraa wo.+ 10 Mede nwentama furaa wo, mehyɛɛ wo mpaboa a wɔde aboa nhoma* papa ayɛ, na mede nwera pa kyekyeree wo ho de ntama a ne bo yɛ den kataa wo ho. 11 Mede agude siesiee wo; mede nkapo guu wo nsa na mede kɔnmuade guu wo kɔn mu. 12 Mesan de hwenem kawa hyɛɛ wo hwenem, mede asomuade hyɛɛ w’asom, na mede abotiri fɛfɛ bɔɔ wo ti. 13 Wode sika kɔkɔɔ ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wode nwera pa, ntama a ne bo yɛ den, ne nwentama siesiee wo ho. Wudii esiam muhumuhu, ɛwo, ne ngo, na wunyin bɛyɛɛ fɛfɛɛfɛ.+ Wofatae sɛ wosi wo ɔhemmaa.’”*
14 “‘W’ahoɔfɛ nti, wo din trɛw kɔɔ amanaman mu,+ efisɛ m’anuonyam a mede kataa wo so no maa w’ahoɔfɛ no dii mu,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
15 “‘Nanso wudii w’ahoɔfɛ akyi,+ na edin a wugyei nti wobɛyɛɛ tuutuuni,+ na wugyaa wo ho maa wɔn a wɔretwam nyinaa ne wo bɔɔ aguaman;+ w’ahoɔfɛ bɛyɛɛ wɔn dea. 16 Wofaa wo ntaade no bi na wode siesiee sorɔnsorɔmmea* ma ɛyɛɛ fɛ na wusii tuutuu wɔ hɔ;+ ade a anka ɛnsɛ sɛ woyɛ anaa esi koraa. 17 Afei agude fɛfɛ a memaa wo sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ma wode yɛe no, wode yeyɛɛ mmarima ahoni de bɔɔ aguaman.* + 18 Wode wo nwentama kataa wɔn* ho, na wode me ngo ne m’aduhuam maa wɔn.+ 19 Paanoo a wɔde esiam muhumuhu, ɛwo, ne ngo ayɛ a mede maa wo sɛ di no, wo nso wode maa wɔn sɛ afɔrebɔde huamhuam.*+ Saa pɛpɛɛpɛ na ɛkɔɔ so,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
20 “‘Wofaa wo mma mmarima ne wo mma mmea a wowoo wɔn maa me no+ de wɔn bɔɔ afɔre maa abosom.+ Adɛn, wommaa w’aguamammɔ yi nkɔɔ akyiri dodo? 21 Wukunkum me mma; wohyew wɔn wɔ ogya mu* de wɔn bɔɔ afɔre.+ 22 W’akyiwade ne w’aguamammɔ nyinaa mu, woankae wo mmofraberem; woankae bere a na woda adagyaw a wonhyɛ hwee ne bere a woperee wɔ wo mogya mu no. 23 Bɔne a woayɛ nyinaa nti, due, due,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 24 ‘Woyɛɛ koko na woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ mmɔnten so baabiara. 25 Woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ kwankyɛn baabiara a nnipa behu, na wode wo ho* maa obiara a ɔretwam+ de guu w’ahoɔfɛ ho fĩ, na womaa w’aguamammɔ dɔɔso.+ 26 Wo ne Egypt,+ ɔman a ɛbɛn wo no mmarima a akɔnnɔ adonnɔn wɔn* no bɔɔ aguaman, na wode w’aguamammɔ dodow hyɛɛ me abufuw. 27 Afei mɛteɛ me nsa aba wo so na matew w’aduan so,+ na mede wo bɛma Filistifo mmea a wɔtan wo+ a w’ahohwibra no maa wɔn ho dwiriw wɔn no,+ na wɔayɛ wo nea wɔpɛ.*
28 “‘Wo ne Asiria+ mmarima nso bɔɔ aguaman efisɛ wo ho ammae wo, na wo ne wɔn kɔɔ so bɔɔ aguaman nanso anso wo. 29 Enti wode wo tuutuu no koduu aguadifo* asaase so, ne Kaldeafo+ mu; ɛno nso anso wo.’ 30 Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni: ‘Bere a woyɛɛ eyi nyinaa te sɛ tuutuuni a watoto n’ani awe no,+ hwɛ sɛnea na wo koma asɛe!’* 31 ‘Nanso bere a woyɛɛ wo koko wɔ kwankyɛn baabiara a nnipa behu, na woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ mmɔnten so no, woanyɛ sɛ tuutuuni mpo, efisɛ woannye akatua. 32 Woyɛ ɔbea waresɛefo a ofi ne kunu akyi+ kɔfa ahɔho! 33 Tuutuufo nyinaa, nkurɔfo na ɛma wɔn akyɛde,+ nanso wo de, wo na wokyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne wo bɔ aguaman no ade,+ na wutua sika ma wɔn ma wofi mmeae nyinaa ba wo nkyɛn ne wo bɛbɔ aguaman.+ 34 Wo tuutuusi nte sɛ tuutuufo mmea foforo, na ne sɛso nni hɔ, efisɛ wunnye akatua biara; wo mmom na wutua nkurɔfo ka. Wo nko ara wo de yɛ soronko.’
35 “Enti tuutuuni,+ afei tie Yehowa asɛm. 36 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Woagyaa wo ho ama akɔnnɔ bɔne, na woayi w’adagyaw so ne w’adɔfo ne w’abosom fĩ* tantan no nyinaa abɔ aguaman,+ na wode wo mma mogya abɔ afɔre ama wɔn.+ 37 Enti mereboaboa w’adɔfo a wugyee wɔn ani no nyinaa ano; wɔn a wodɔɔ wɔn ne wɔn a wotan wɔn nyinaa. Mɛboaboa wɔn ano afi mmeae nyinaa aba wo so, na meyi w’adagyaw so ama wɔahu wo ho nyinaa.+
38 “‘Mede awaresɛefo+ ne mmea a wohwie mogya gu+ atemmu bɛba wo so, na me ninkuntwe bɛma mede abufuw ahwie wo mogya agu.+ 39 Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa na wɔadwiriw wo nkoko ne wo sorɔnsorɔmmea agu,+ na wobeyi wo ho ntaade+ ne w’agude fɛfɛ no,+ na wɔama woada adagyaw a wonhyɛ hwee. 40 Wɔbɛma dɔm bi aba wo so,+ na wobesiw wo abo+ na wɔde wɔn sekan akum wo.+ 41 Wɔde ogya bɛhyew w’afi+ na wɔabu wo atɛn wɔ mmea pii anim; na mɛma woagyae tuutuu no si,+ na worentua obiara ka bio. 42 Mɛyɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ nyinaa ama me bo adwo+ na m’abufuw afi wo so;+ mɛyɛ komm, na biribiara renhaw me bio.’
43 “‘Esiane sɛ woankae wo mmofraberem+ na woyɛɛ eyinom nyinaa de hyɛɛ me abufuw nti, mɛma wo nneyɛe ho nsunsuanso aba w’ankasa so, na w’ahohwibra ne w’akyiwade no nso, wubegyae,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
44 “‘Hwɛ, obiara a obu bɛ bɛka wo ho asɛm akasabebu mu sɛ: “Sɛnea maame te no, saa ara na ne babea nso te!”+ 45 Wote sɛ wo maame; ɔno na ɔtan ne kunu ne ne mma. Wote sɛ wo nua mmea nso; wɔn na wɔtan wɔn kununom ne wɔn mma. Ná wo maame yɛ Hitini na wo papa nso yɛ Amorini.’”+
46 “‘Wo nuabea panyin a ɔte w’atifi* ne Samaria;+ ɔne ne mma mmea.*+ Na wo nuabea kumaa a ɔte w’anaafo* ne Sodom;+ ɔne ne mma mmea.+ 47 Ɛnyɛ sɛ wofaa wɔn akwan so yɛɛ wɔn akyiwade no bi kɛkɛ, na mmom ɛyɛɛ kakra no, na woasɛe sen wɔn koraa wɔ w’akwan nyinaa mu.+ 48 Mete ase yi de,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, ‘wo nuabea Sodom ne ne mma mmea nyɛɛ sɛnea wo ne wo mma mmea ayɛ yi. 49 Hwɛ, wo nuabea Sodom bɔne ni: Ɔne ne mma mmea+ nyinaa, na wɔyɛ ahantan.+ Ná aduan abu wɔn so+ na na wɔn ho adwo wɔn,+ nanso wɔammoa abrɛfo ne ahiafo.+ 50 Wɔkɔɔ so yɛɛ ahantan+ na wɔyɛɛ akyiwade wɔ m’anim,+ na ɛma miyii wɔn fii hɔ.+
51 “‘Samaria+ nso, bɔne a woyɛe no wanyɛ mu fã mpo. Woyɛɛ akyiwade pii sen wɔn, na w’akyiwade dɔɔso ara ma wo nua mmea bɛyɛɛ sɛ atreneefo.+ 52 Afei wobɛsoa w’animguase, efisɛ wode wo nneyɛe ama wo nua mmea adi bem. Esiane sɛ woyɛɛ bɔne sen wɔn koraa nti, wɔyɛ atreneefo sen wo. Enti ma w’ani nwu na soa w’animguase efisɛ woama wo nua mmea abɛyɛ atreneefo.’
53 “‘Mɛboaboa wɔn nkurɔfo a wɔkyeree wɔn kɔe no ano: Sodom ne ne mma mmea nkurɔfo a wɔkyeree wɔn kɔe ne Samaria ne ne mma mmea nkurɔfo a wɔkyeree wɔn kɔe no. Wo nkurɔfo a wɔkyeree wɔn kɔe no nso, mɛboaboa wɔn ano,+ 54 na ɛbɛma woasoa w’animguase; nea woayɛ nyinaa nti w’anim begu ase, efisɛ wokyekyee wɔn werɛ. 55 Wo nua mmea, Sodom ne ne mma mmea ne Samaria ne ne mma mmea, bɛsan asi wɔn dedaw mu, na wo ne wo mma mmea nso bɛsan asi mo dedaw mu.+ 56 Bere a womaa wo ho so no, na ɛyɛ wo aniwu sɛ wobɛka wo nuabea Sodom ho asɛm 57 ansa na wo bɔne reda adi.+ Seesei Siria mma mmea ne wɔn a wɔte bɛn no ne Filistifo+ mma mmea na wogu w’anim ase; wɔn a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa twa wo adapaa. 58 Wobɛsoa w’ahohwibra ne w’akyiwade ho nsunsuanso,’ Yehowa asɛm ni.”
59 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Me ne wo bedi sɛnea woayɛ no,+ efisɛ wubuu m’apam so de buu ntam no animtiaa.+ 60 Nanso me de, mɛkae apam a me ne wo yɛe wɔ wo mmabaaberem no, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛrentwam da.+ 61 Sɛ wugye wo nua mmea nkumaa ne mpanyin ba wo nkyɛn a, wobɛkae wo suban na woafɛre,+ na mede wo nua mmea no bɛma wo sɛ wo mma, nanso ɛnyɛ me ne wo apam ntia.’
62 “‘Afei m’ankasa me ne wo bɛyɛ apam, na wubehu sɛ mene Yehowa. 63 Sɛ mepata ma wo wɔ nea woayɛ nyinaa ho+ a, wobɛkae na w’ani awu, na aniwu no nti worentumi mmue w’ano,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
17 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ka akasabebu* na bu bɛ fa Israel fi ho.+ 3 Ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Ɔkɔre kɛse+ bi a ɔwɔ ntaban akɛse ne ntakra atenten a emu kɔla gu ahorow baa Lebanon+ bebuu sida dua mmaa a ɛwɔ atifi+ no bi. 4 Ɔpan dua no mmaa a ɛwɔ ne nkɔnmu no de baa aguadifo* asaase so, na okoduae wɔ aguadifo kurow bi so.+ 5 Afei ɔfaa asaase no so aba no bi+ koduae wɔ asaase pa bi so. Oduae wɔ baabi a nsu pii wɔ te sɛ nsu ano dua. 6 Efifii, na enyin bɛyɛɛ bobe dua a ɛtene wɔ fam,+ ɛka buae, na ne ntini nyinii wɔ ase. Afei ɛbɛyɛɛ bobe dua a afefɛw ayiyi nkorabata.+
7 “‘“Na ɔkɔre kɛse+ foforo a ɔwɔ ntaban ne ntakra akɛse+ bae. Ɛhɔ ara na bobe no fii ne nkofi so trɛw ne ntini mu kɔɔ ne nkyɛn, na ɛtrɛw ne nhaban mu kɔɔ ne nkyɛn sɛ ongugu no so nsu.+ 8 Ná wɔadua wɔ asaase pa so dedaw, faako a nsu pii wɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a ebeyiyi mmaa na asow aba, na anyin abɛyɛ bobe dua kɛse.”’+
9 “Ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Wohwɛ a, ɛbɛyɛ yiye? Obi rentutu ne ntini+ mma ɛso aduaba mporɔw anaa?+ Nea afefɛw wɔ ho no nso, ɛrenwu anaa? Emu nsu bɛtwe ara ma ɛrenhia nsa a ɛyɛ den anaa nnipa dodow na wɔatumi atu ase. 10 Ɛwom sɛ wotu koduae de, nanso ɛbɛyɛ yiye anaa? Sɛ apuei mframa fa ho a, ɛrenwu? Nkofi a efifii wɔ so no, ɛso na ebewu.”’”
11 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 12 “Mesrɛ wo, bisa atuatewfo* no sɛ, ‘Monte eyi ase anaa?’ Ka sɛ, ‘Hwɛ, Babilon hene baa Yerusalem bɛfaa ne hene ne ne mpanyimfo, na ɔde wɔn kɔɔ Babilon.+ 13 Afei ɔfaa adehye asefo* no mu baako+ ne no yɛɛ apam na ɔma ɔkaa no ntam,+ na ɔfaa asaase no so atitiriw de wɔn kɔe,+ 14 sɛnea ɛbɛyɛ a ahenni no bɛbrɛ ase, na antumi annyina ne nan so bio. Enti sɛ ɛbɛkɔ so atena hɔ a, gye sɛ edi n’apam no so.+ 15 Nanso ewiee ase no, ɔhene no tew atua tiaa no;+ ɔsoma kɔɔ Egypt sɛ wɔmma no apɔnkɔ+ ne asraafodɔm kɛse.+ Ebesi no yiye anaa? Nea ɔyɛ eyi no bɛfa ne ho adi? Obetumi abu apam no so na wafa ne ho adi anaa?’+
16 “‘“Mete ase yi,” Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, “obewu wɔ Babilon, faako a ɔhene* a ɔde no* tenaa ahengua so te no; obuu ne ntam animtiaa na obuu n’apam so.+ 17 Sɛ wogye ban na wɔto akoban* na ama wɔatumi akunkum nnipa* pii wɔ ɔko no mu a, Farao asraafodɔm a wɔyɛ den na wɔdɔɔso no mpo rentumi nnye no.+ 18 Wabu ntam animtiaa na wabu apam so. Ɔhyɛɛ bɔ* de, nanso wayɛ eyinom nyinaa, na ɔremfa ne ho nni.”’
19 “‘Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mete ase yi, me ntam a obuu no animtiaa+ ne m’apam a wabu so nti, mɛma ne nneyɛe so nsunsuanso aba ne ti so. 20 Nokware a wanni me nti,+ mɛtrɛw m’atena mu agu no so,+ na m’atena beyi no; mede no bɛkɔ Babilon na mabu no atɛn wɔ hɔ. 21 N’asraafo a wobeguan no nyinaa bewuwu wɔ sekan ano, na wɔn a wɔbɛka no nso, wɔbɛbɔ wɔn ahwete baabiara.*+ Afei mubehu sɛ me Yehowa na maka.”’+
22 “‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mebu sida dua kokuroo no nkɔnmu a afefɛw no+ bi akodua; na mebu nea afefɛw no+ bi so akɔtɛw wɔ bepɔw tenten kokuroo bi so.+ 23 Medua wɔ Israel bepɔw tenten bi so, na ebeyiyi nkorabata na asow aba, na anyin abɛyɛ sida dua kɛse. Nnomaa ahorow nyinaa bi bɛba ase, na wɔbɛtenatena ne nwini ase. 24 Na wuram nnua nyinaa behu sɛ me Yehowa na mabrɛ dua tenten no ase, na mama dua a ɛwɔ fam no so;+ mama dumono no awu, na mama duwui no afefɛw.+ Me Yehowa na maka, na mayɛ nso.”’”
18 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Ɛbɛ a mubu wɔ Israel asaase so sɛ, ‘Agyanom di bobebun, nanso mma na wɔn se fem’+ no, ɛkyerɛ dɛn?
3 “Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, ‘Mete ase yi de, morentumi mmu bɛ yi wɔ Israel bio. 4 Hwɛ, akra* nyinaa yɛ me dea. Sɛnea agya kra wɔ me no, saa ara na ɔba nso kra wɔ me. Ɔkra* a ɔyɛ bɔne no, ɔno na obewu.
5 “‘Fa no sɛ ɔbarima bi yɛ ɔtreneeni a odi asɛntrenee na ɔyɛ nea ɛteɛ. 6 Onni nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom wɔ bepɔw so,+ ɔmfa n’ani nto Israel fi abosom fĩ* so, ongu ne yɔnko yere ho fĩ,+ na ɔnkɔ ɔbea a wayɛ bra ho;+ 7 ɔntan obiara ani,+ na mmom ɔde ade a ohiani de asi awowa san ma no,+ ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma,+ na mmom ɔde n’aduan ma nea ɔkɔm de no,+ na nea ɔda adagyaw nso, ofura no ntama;+ 8 ɔmmɔ bosea nnye nsiho anaa ɔmfa mpɛ mfaso bɔne,+ onsisi obiara,+ na mmom sɛ obi ne ne yɔnko nya asɛm a, obu atɛntrenee;+ 9 ɔkɔ so nantew m’ahyɛde mu na odi m’atemmusɛm so; odi nokware. Onipa a ɔte saa no yɛ ɔtreneeni; nkwa na obenya,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
10 “‘Nanso fa no sɛ ne ba yɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo+ anaa owudifo*+ anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi bi, 11 (nanso agya no de, ɔnyɛ eyinom biara bi)—ne ba no di nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom wɔ bepɔw so, ogu ne yɔnko yere ho fĩ, 12 ɔtan ɔbrɛfo ne ohiani ani,+ ohwim nkurɔfo nsam nneɛma, sɛ obi de biribi si awowa a, ɔnsan mfa mma no, ɔde n’ani to abosom fĩ so,+ ɔyɛ akyiwade,+ 13 ɔbɔ bosea gye nsiho anaa ɔde pɛ mfaso bɔne;+ ɛba saa a, ɛnde ɔrennya nkwa. Esiane sɛ wayɛ akyiwade yi nyinaa bi nti, okum na wobekum no. Ɔno ankasa mogya bebua ne ti so.
14 “‘Afei, fa no sɛ obi nso wɔ ɔba a ohu ne papa bɔne nyinaa, nanso ɔnyɛ bi. 15 Ɔnyɛ obi a odi nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom wɔ bepɔw so, ɔmfa n’ani nto Israel fi abosom fĩ so, na ongu ne yɔnko yere ho fĩ, 16 ɔntan obiara ani, ɔde ade a ohiani de asi awowa san ma no, ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma, ɔde n’aduan ma nea ɔkɔm de no, na nea ne ho da so nso, ofura no ntama; 17 ɔnhyɛ ahiafo so, ɔmmɔ bosea nnye nsiho anaa ɔmfa mpɛ mfaso bɔne, odi m’atemmusɛm so na ɔnantew m’ahyɛde mu. Onipa a ɔte saa no renwu wɔ ne papa bɔne ho. Nkwa na obenya. 18 Ne papa de, osisii nkurɔfo na ɔbɔɔ ne nua apoo hwim ne nneɛma, na nea enye na ɔyɛe wɔ ne man mu, enti obewu ne bɔne mu.
19 “‘Nanso mubebisa sɛ: “Dɛn nti na ɔba no ansoa ne papa bɔne no bi?” Ɔba no de, odii asɛntrenee yɛɛ nea ɛteɛ, na odii m’ahyɛde nyinaa so. Enti nkwa na obenya.+ 20 Ɔkra* a ɔyɛ bɔne no, ɔno na obewu.+ Ɔba rensoa n’agya bɔne, na agya nso rensoa ne ba bɔne. Ɔtreneeni benya n’ankasa trenee so akatua, na ɔbɔnefo nso benya n’ankasa bɔne so akatua.+
21 “‘Sɛ ɔbɔnefo twe ne ho fi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho bedi m’ahyɛde so, na odi asɛntrenee na ɔyɛ nea ɛteɛ a, nkwa na obenya; ɔrenwu.+ 22 Bɔne a wayɛ atwam biara no, ɛho asodi renna no so.*+ Adetrenee a wayɛ nti, obenya nkwa.’+
23 “‘Nea mepɛ ne sɛ ɔbɔnefo bewu anaa?+ Ɛnyɛ nea m’ani gye ho mmom ne sɛ ɔbɛtwe ne ho afi n’akwan ho na wanya nkwa?’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
24 “‘Nanso sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne, na ɔyɛ akyiwade a abɔnefo yɛ no nyinaa bi a, obenya nkwa anaa? Adetrenee a wayɛ no mu biara nni hɔ a wɔbɛkae.+ Nokware a wanni ne ne bɔne nti, obewu.+
25 “‘Na mobɛka sɛ: “Yehowa akwan nteɛ.”+ O Israel fi, mesrɛ mo, muntie! Ɛyɛ me na m’akwan nteɛ?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?+
26 “‘Sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne na ɛno nti owu a, ɔno ara ne bɔne na ama wawu.
27 “‘Na sɛ ɔbɔnefo twe ne ho fi ne kwammɔne ho bedi asɛntrenee na ɔyɛ nea ɛteɛ a, obegye ne ho* nkwa.+ 28 Sɛ n’ani ba ne ho so na ogyae ne bɔne nyinaa a, nkwa na obenya; ɔrenwu.
29 “‘Nanso Israel fi bɛka sɛ: “Yehowa akwan nteɛ.” O Israel fi,+ ɛyɛ me na m’akwan nteɛ? Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?’
30 “‘Enti Israel fi, mebu mo mu biara atɛn sɛnea n’akwan te,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. ‘Monsan, montwe mo ho koraa mfi mo akwammɔne nyinaa ho, na mommma ɛnnyɛ hintidua mmma mo na asodi ammɛda mo so. 31 Montwe mo ho mfi mo bɔne nyinaa ho,+ na munnya* koma foforo ne honhom foforo.+ O Israel fi, adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwu?’+
32 “‘Ɛnyɛ nea mepɛ ne sɛ obi bewu.+ Enti monsakra na munnya nkwa,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
19 “Afei to Israel abirɛmpɔn ho awerɛhow dwom,* 2 na ka sɛ,
‘Wo maame te dɛn? Gyatabere a ɔwɔ agyata mu.
Ná ɔda agyata* a wɔn ho yɛ den ntam; ɛhɔ na ɔyɛn ne mma.
3 Ne mma a ɔyɛn wɔn no mu baako bɛyɛɛ gyata a ne ho yɛ den.+
Osuaa sɛnea wɔtetew mmoa mu,
Na ɔkyeree nnipa mpo wee.
4 Amanaman tee ne ho asɛm, na wɔkyeree no wɔ wɔn amoa mu,
Wɔde akɔtɔkoro twee no kɔɔ Egypt asaase so.+
5 Ne maame twɛnee, nanso ohui sɛ anidaso biara nni hɔ.
Enti ɔfaa ne ba foforo, na ɔyɛɛ no sɛ gyata a ne ho yɛ den.
6 Afei ɔne agyata dii akɔneaba, na ɔbɛyɛɛ gyata a ne ho yɛ den.
Osuaa sɛnea wɔtetew mmoa mu, na ɔwee nnipa mpo.+
7 Ɔnantenantew wɔn abannennen ntam, na ɔsɛee wɔn nkurow pasaa;
Ɔde ne mmobom+ hyɛɛ asaase a ada mpan no so ma.
8 Na aman a ɛwɔ amantam no mu nyinaa de wɔn ani sii no so, na wɔtoo wɔn atena guu no so,
Wɔkyeree no wɔ wɔn amoa mu.
9 Wɔde akɔtɔkoro twee no kɔhyɛɛ buw mu de no kɔmaa Babilon hene.
Na wɔde no siee hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrente ne nne wɔ Israel mmepɔw so bio.
10 Ná wo maame te sɛ bobe+ wɔ wo mogya mu,* na woduaa no nsu ho.
Nsu pii nti, enyaa nkorabata bebree na ɛsow aba.
11 Ebenyaa nkorabata a ɛyɛ den a wotumi de yɛ ahempoma.
Enyin yɛɛ tenten sen nnua a aka,
Na ne tenten ne ne nhaban kuhaa nti, na obiara hu.
Ne nkorabata dennen no, wobubui, ɛwoe,+ na ogya hyewee.+
14 Ogya fi ne nkorabata mu bae, na ɛhyew nea afefɛw no ne n’aba nyinaa.
Afei, na enni nkorabata a ɛyɛ den bio, na enni ahempoma bio.+
“‘Ɛyɛ awerɛhow dwom,* na ɛbɛkɔ so ayɛ awerɛhow dwom.’”
20 Afei afe a ɛto so ason, bosome a ɛto so anum no da a ɛto so du no, Israel mpanyimfo bi bae sɛ wɔde wɔn abisade rebɛto Yehowa anim, na wɔbɛtenatenaa m’anim. 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 3 “Onipa ba, ka kyerɛ Israel mpanyimfo no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Moaba sɛ mode mo abisade rebɛto m’anim? ‘Mete ase yi de, merentie mo abisade,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”’
4 “Worebedi wɔn asɛm anaa?* Onipa ba, worebedi wɔn asɛm? Ma wonhu akyiwade a wɔn agyanom yɛe.+ 5 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Da a mepaw Israel no,+ mekaa Yakob asefo ntam* nso, na mema wohuu me wɔ Egypt asaase so.+ Ampa, mekaa wɔn ntam sɛ, ‘Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’ 6 Saa da no, mekaa wɔn ntam sɛ meyi wɔn afi Egypt asaase so akɔ asaase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so.+ Ná ɛyɛ asaase a ɛyɛ fɛ* sen asaase biara. 7 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo mu biara ntow akyiwade a ɔde n’ani asi so no ngu; mommfa Egypt abosom fĩ* no nngu mo ho fĩ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+
8 “‘“Nanso wɔtew me so atua, na wɔantie me. Wɔantow akyiwade a wɔde asi wɔn ani so no angu, na wɔannyaw Egypt abosom fĩ no.+ Enti mekae sɛ mɛma m’ani abere wɔn so na mahwie m’abufuw nyinaa agu wɔn so wɔ Egypt asaase so. 9 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a na wɔtete wɔn mu no+ anim nti na meyɛɛ saa, efisɛ bere a miyii wɔn* fii Egypt asaase so no,+ mema wohuu me wɔ aman yi anim. 10 Enti miyii wɔn fii Egypt asaase so de wɔn baa sare no so.+
11 “‘“Afei mede m’ahyɛde maa wɔn, na mema wohuu m’atemmusɛm+ na ama onipa a obedi so no anya nkwa.+ 12 Mede me home nna nso maa wɔn+ na ayɛ sɛnkyerɛnne wɔ me ne wɔn ntam,+ na wɔahu sɛ me Yehowa na meretew wɔn ho.
13 “‘“Nanso Israel fi tew me so atua wɔ sare no so.+ Wɔanni m’ahyɛde so, na wɔpoo m’atemmusɛm a sɛ obi di so a obenya nkwa no. Me home nna nso, woguu ho fĩ pɔtɔɔ. Enti mekae sɛ mehwie m’abufuw agu wɔn so wɔ sare no so, na masɛe wɔn pasaa.+ 14 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a wohui sɛ meregye wɔn* no anim nti,+ manyɛ saa. 15 Afei nso, mekaa wɔn ntam wɔ sare no so sɛ meremfa wɔn nkɔ asaase a mede ama wɔn no so,+ asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no.+ Ɛyɛ asaase a ɛyɛ fɛ* sen asaase biara. 16 Nea wɔyɛe ne sɛ wɔpoo m’atemmusɛm, wɔanni m’ahyɛde so, na me home nna no nso, woguu ho fĩ, efisɛ wɔde wɔn koma dii wɔn abosom fĩ no akyi.+
17 “‘“Nanso mihuu wɔn mmɔbɔ, enti mansɛe wɔn, na mantɔre wɔn ase wɔ sare no so. 18 Meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ sare no so+ sɛ, ‘Munnni mo agyanom ahyɛde ne wɔn atemmusɛm so,+ na mommfa wɔn abosom fĩ no nngu mo ho fĩ. 19 Mene Yehowa mo Nyankopɔn. Munni m’ahyɛde so na monkora m’atemmusɛm so na momfa mmɔ mo bra.+ 20 Me home nna nso, montew ho+ na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne wɔ me ne mo ntam na moahu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+
21 “‘“Nanso wɔn mma tew me so atua.+ Wɔanni m’ahyɛde so, na m’atemmusɛm a sɛ onipa di so a obenya nkwa no, wɔanni so. Woguu me home nna ho fĩ. Enti mekae sɛ mɛma m’ani abere wɔn so na mahwie m’abufuw nyinaa agu wɔn so wɔ sare no so.+ 22 Nanso me din nti+ metwe sanee,+ sɛnea ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a wohui sɛ meregye wɔn* no anim. 23 Afei mekaa wɔn ntam wɔ sare no so sɛ mɛbɔ wɔn apete aman so na mahwete wɔn akɔ nsaase so,+ 24 efisɛ wɔanni m’atemmusɛm so, na wɔpoo m’ahyɛde,+ na me home nna nso, woguu ho fĩ; na wodii wɔn agyanom abosom fĩ no akyi.*+ 25 Me nso migyaa wɔn ma wodii ahyɛde a enye ne atemmusɛm a ɛremma wonnya nkwa akyi.+ 26 Memaa wɔn ankasa afɔrebɔde guu wɔn ho fĩ bere a wɔhyew abakan biara wɔ ogya mu* no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsɛe wɔn, na wɔahu sɛ mene Yehowa.”’
27 “Enti onipa ba, ka kyerɛ Israel fi sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Saa ara na mo agyanom nso anni me nokware; wɔkaa abususɛm tiaa me. 28 Mede wɔn baa asaase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn no so.+ Nanso sɛ wohu koko a ɛkorɔn ne dua kusuu biara+ a, na wɔafi ase rebɔ afɔre wɔ hɔ. Wɔde wɔn afɔrebɔde baa hɔ de hyɛɛ me abufuw, na wɔbɔɔ afɔre huamhuam* guu nsã wɔ hɔ. 29 Enti mibisaa wɔn sɛ, ‘Sorɔnsorɔmmea* hɔ a mokɔ yi nso ɛ? (Wɔda so frɛ no Sorɔnsorɔmmea de besi nnɛ.)’”’+
30 “Afei ka kyerɛ Israel fi sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Enti moregu mo ho fĩ sɛnea mo agyanom guu wɔn ho fĩ na wɔne wɔn abosom fĩ no bɔɔ aguaman no anaa?+ 31 Enti moahyew mo mma wɔ ogya mu de wɔn abɔ afɔre ama mo abosom fĩ nyinaa abesi nnɛ de agu mo ho fĩ?+ O Israel fi, eyi nyinaa akyi no, mopɛ sɛ mitie mo abisade?”’+
“‘Mete ase yi de, merentie mo abisade,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 32 ‘Nea ɛwɔ mo adwenem* no remma mu da. Moka sɛ: “Momma yɛnyɛ sɛ amanaman no, yɛnyɛ sɛ asaase no so mmusua, na yɛnsom nnua ne abo.”’”+
33 “Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni: ‘Mete ase yi, nsa a ɛyɛ den, basa a emu ateɛ, ne abufuhyew na mede bedi mo so hene.+ 34 Meyi mo afi aman horow mu na maboaboa mo ano afi nsaase a wɔabɔ mo ahwete so no so. Mede nsa a ɛyɛ den, basa a emu ateɛ, ne abufuhyew na ɛbɛyɛ eyi.+ 35 Mede mo bɛba amanaman no sare so, na ɛhɔ na me ne mo bedi asɛm, anim ne anim.+
36 “‘Sɛnea me ne mo agyanom dii asɛm wɔ Egypt sare so no, saa ara na me ne mo bedi asɛm,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 37 ‘Mɛma moafa oguanhwɛfo poma ase+ na mama apam no akyekyere mo.* 38 Nanso mɛpra wɔn a wɔsɔre tia me ne wɔn a wɔto me mmara no afi mo mu.+ Na meyi wɔn afi ananafo asaase so, nanso wɔremma Israel asaase so,+ na mubehu sɛ mene Yehowa.’
39 “Enti Israel fi, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Mo mu biara nkɔsom n’abosom fĩ.+ Ɛno akyi no, sɛ moantie me a, morentumi mfa mo abosom fĩ ne mo afɔrebɔde no ngu me din kronkron no ho fĩ bio.’+
40 “Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, ‘Me bepɔw kronkron so, Israel bepɔw a ɛkorɔn no so+ na Israel fi nyinaa bɛsom me; wɔn nyinaa bɛsom me wɔ asaase no so.+ Ɛhɔ na megye wɔn atom, na mebisa mo ntoboa ne mo afɔrebɔde mu nea edi kan, mo nneɛma kronkron nyinaa.+ 41 Afɔre huamhuam* no nti, megye mo atom. Mɛyɛ eyi bere a mayi mo afi aman horow so na maboaboa mo ano afi nsaase a wɔabɔ mo ahwete so no so,+ na mobɛma me din ho atew aman anim.’+
42 “‘Na sɛ mede mo bedu Israel asaase+ a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no so a, mubehu sɛ mene Yehowa.+ 43 Ɛhɔ na mobɛkae mo suban ne nea moyɛ de guu mo ho fĩ nyinaa,+ na nneɛma bɔne a moayɛ nyinaa nti, mobɛfɛre.+ 44 Israel fi, ɛnyɛ mo subammɔne anaa mo nneyɛe fĩ no nti na me ne mo bedi na mmom me din ntia,+ na ama moahu sɛ mene Yehowa,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
45 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 46 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ anaafo fam na bɔ dawuru kyerɛ anaafo fam, na hyɛ anaafo fam kwae ho nkɔm. 47 Ka kyerɛ anaafo fam kwae sɛ, ‘Tie Yehowa asɛm. Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mede ogya bɛto wo mu+ ma ahyew dumono ne duwui biara a ɛwɔ wo mu. Ogyaframa no rennum,+ na efi anaafo kosi atifi, obiara anim* bɛhyew. 48 Na ɔhonam nyinaa* behu sɛ me Yehowa na mede ogya too mu, na ɛrennum.”’”+
49 Ɛnna mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa! Asɛm a wɔreka fa me ho ne sɛ, ‘Ɛnyɛ akasabebu nko ara na ɔka?’”*
21 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Yerusalem, na ka nsɛm gu kronkronbea no so, na hyɛ nkɔm tia Israel asaase. 3 Ka kyerɛ Israel asaase sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, me ne wo wɔ asɛm, na mɛtwe me sekan afi ne bɔha* mu+ na matwa ɔtreneeni ne ɔbɔnefo nyinaa afi wo so. 4 Esiane sɛ metwa ɔtreneeni ne ɔbɔnefo afi wo so nti, mɛtwe me sekan afi ne bɔha mu aba ɔhonam* nyinaa so, fi anaafo kosi atifi. 5 Na nnipa nyinaa behu sɛ, me Yehowa na matwe me sekan afi ne bɔha mu. Ɛrensan nkɔ ne bɔha mu bio.”’+
6 “Onipa ba, fa ahopopo* si apini. Fa awerɛhow si apini wɔ wɔn anim.+ 7 Sɛ wobisa wo sɛ, ‘Dɛn nti na woresi apini?’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Amanneɛbɔ bi ntia.’ Na ɛbɛba mu, na ehu nti koma nyinaa bɛnan, nsa nyinaa bedwudwo, honhom nyinaa bɛbotow, na nsu bɛteɛ afa nkotodwe nyinaa ho.*+ ‘Hwɛ, ɛbɛba mu ɔkwan biara so; ɛbɛba mu,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
8 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Ka sɛ, ‘Sekan!+ Wɔasew sekan ano, na wɔatwiw ho. 10 Wɔasew ano sɛ enkunkum nnipa pii; wɔatwiw ho ma etwa yerɛwyerɛw.’”’”
“Ɛnsɛ sɛ yedi ahurusi anaa?”
“‘Ɛbɛpo* m’ankasa me ba ahempoma,+ sɛnea ɛpo dua biara no anaa?
11 “‘Wɔde ama sɛ wontwiw ho na wɔmfa nsa nkura mu. Wɔasew sekan yi ano, na wɔatwiw ho sɛ wɔmfa nhyɛ ɔbrafo* nsam.+
12 “‘Onipa ba, su na twa adwo,+ efisɛ wɔatwe sekan wɔ me man so; wɔatwe wɔ Israel abirɛmpɔn nyinaa so.+ Wɔde sekan bekum wɔne me man nyinaa. Enti di awerɛhow na bɔ wo srɛ ho. 13 Wɔasɔ ahwɛ,+ na sɛ sekan no po ahempoma no a, dɛn na ebesi? Ɛrenkɔ so* ntena hɔ bio,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
14 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam, na ka no mprɛnsa sɛ ‘Sekan!’ ‘Sekan!’ ‘Sekan!’ Ɛyɛ nnipa a wɔakunkum wɔn no sekan, nnipa pii a wɔakunkum wɔn no sekan na atwa wɔn ho ahyia.+ 15 Ehu bɛma wɔn koma anan,+ na wɔn mu pii bewuwu wɔ wɔn kurow apon ano; mede sekan bekunkum wɔn. Ampa, ɛho retwa yerɛwyerɛw, na wɔatwiw ho sɛ enkunkum nnipa! 16 Sekan, twa kɔ nifa! Na twa kɔ benkum! Baabiara a wɔde w’ani bɛkyerɛ biara, twa kɔ hɔ! 17 Afei mɛbɔ me nsam na m’abufuw ano abrɛ ase.+ Me, Yehowa, na maka.”
18 Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 19 “Onipa ba, yɛ akwan abien na Babilon hene sekan mfa so mmra. Ma abien no nyinaa mfi asaase baako so, na yɛ akyerɛkyerɛkwan* fa si nkurow abien no nkwanta so. 20 Siesie ɔkwan baako ma sekan no nkɔ Ammonfo kurow Raba mu,+ na baako nso nkɔ Yerusalem kurow a wɔabɔ ho ban no mu+ wɔ Yuda. 21 Babilon hene gyina nkwanta no so, akwan abien no nkwanta so, sɛ ɔrebisa n’anyame. Ɔwosow agyan no. Obisa n’ahoni* nea ɔnyɛ; ɔhwehwɛ aboa mmerɛbo mu.* 22 Ɔhwɛɛ ne nsa nifa mu hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔde n’ani kyerɛ Yerusalem. Ɛkyerɛɛ no sɛ ɔnhyehyɛ mfiri a wɔde dwiriw afasu, ɔnka sɛ wonkunkum wɔn, ɔnhyɛn ɔko torobɛnto, ɔnhyehyɛ mfiri a wɔde bedwiriw kurow no apon agu, onnye ho ban nhyia na ɔnto akoban.*+ 23 Na ɛbɛyɛ wɔn* a wɔaka ntam akyerɛ wɔn*+ no ani so sɛ nkɔmhyɛ no yɛ atoro. Nanso ɔbɛkae wɔn bɔne na wakyere wɔn.+
24 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Moama mo mmarato ho ada hɔ ama wɔahu mo bɔne wɔ biribiara mu, enti wɔakae mo bɔne. Seesei a wɔakae mo no, wɔbɛkyere mo* akɔ.’
25 “Israel obirɛmpɔn omumɔyɛfo a woapira opira a ɛde wo bɛkɔ owu mu,+ wo bere aso, bere a ɛsɛ sɛ wɔtwe w’aso korakora no adu. 26 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Yi abotiri no na tu ahenkyɛw no.+ Ɛrenyɛ sɛnea ɛte no bio.+ Nea abrɛ ase no, ma so;+ na nea ɛwɔ soro no, brɛ no ase.+ 27 Ɔsɛe, ɔsɛe, ɔsɛe na mede bɛba so. Ɛrenyɛ obiara dea kosi sɛ nea ɛyɛ ne dea no bɛba,+ na mede bɛma no.’+
28 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka afa Ammonfo ne wɔn adapaatwa ho ni.’ Ka sɛ, ‘Sekan! Wɔatwe sekan a wɔde bekum; wɔatwiw ho sɛ enni nam na ɛho ntwa yerɛwyerɛw. 29 Wɔka anisoadehu a ɛnyɛ nokware, na wɔhyɛ nkɔm a ɛyɛ atoro kyerɛ wo, nanso wɔde wo bɛto wɔn a wɔakunkum wɔn a wosum hɔ no* so. Wɔyɛ abɔnefo a wɔn bere aso, na bere a ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn aso korakora no adu. 30 San fa hyɛ ne bɔha mu. Faako a wɔbɔɔ wo, asaase a wɔwoo wo wɔ so no so na mebu wo atɛn. 31 Mehwie m’abufuw agu wo so. Mɛbɔ m’anibere gya mu agu wo so, na nnipa a wɔn tirim yɛ den a wɔn adwuma ne sɛ wɔsɛe ade no, mede wo bɛhyɛ wɔn nsa.+ 32 Wɔde wo bɛsɔ gya;+ wobehwie wo mogya agu asaase no so, na wɔrenkae wo bio, efisɛ me, Yehowa, na maka.’”
22 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Na wo, onipa ba, woayɛ krado sɛ wobɛka atemmusɛm* akyerɛ kurow a ɛka mogya gu no,+ na ama wahu n’akyiwade nyinaa anaa?+ 3 Ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Kurow a wuhwie mogya gu+ a w’awiei reba,+ kurow a ɛyeyɛ abosom fĩ* de gu ne ho fĩ,+ 4 mogya a wuhwie gui no ama woadi fɔ,+ na w’abosom fĩ no ama wo ho agu fĩ.+ Woama wo nna abɛn, na wo mfe aba awiei. Ɛno nti, mɛma w’anim agu ase amanaman anim na nsaase nyinaa adi wo ho fɛw.+ 5 Nsaase a ɛbɛn wo ne nea ɛwɔ akyirikyiri nyinaa bedi wo ho fɛw,+ wo a wo din ho agu fĩ na basabasayɛ ahyɛ wo ma. 6 Hwɛ! Israel mpanyimfo a wɔwɔ wo mu no, wɔn mu biara de tumi a ɔwɔ no hwie mogya gu.+ 7 Wo mu na wobu agya ne ɛna animtiaa.+ Wosisi ɔhɔho, na wɔteetee agyanka ne okunafo.”’”+
8 “‘Wubu me kronkronbea animtiaa, na wugu me home nna ho fĩ.+ 9 Nnipa a wɔsɛe nkurɔfo din a wɔpɛ sɛ wohwie mogya gu ahyɛ wo ma.+ Wodi nnuan a wɔde bɔ afɔre ma abosom wɔ wo mmepɔw so, na wɔbɔ ahohwibra wɔ wo mu.+ 10 Wo nkurɔfo ne wɔn papa yere da,*+ na ɔbea a wayɛ bra a ne ho ntew na wɔne no da.+ 11 Ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ akyiwade wɔ wo mu.+ Ɔfoforo nso ne n’ankasa asebea* bɔ ahohwibra de gu ne ho fĩ,+ na ɔbarima ne ne nuabea da, n’ankasa ne papa ba.+ 12 Nkurɔfo gye adanmude* hwie mogya gu wɔ wo mu.+ Woma bosea gye nsiho+ anaa wode pɛ mfaso bɔne, na wobɔ wo mfɛfo apoo.+ Ampa, wo werɛ afi me koraa,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
13 “‘Hwɛ! Wo mfaso bɔne ne mogyahwiegu a ɛwɔ wo mu nti, mabɔ me nsam agu wo so. 14 Ɛda a mɛba wo so no, wobɛkɔ so ara anya akokoduru* na wo nsam akɔ so ayɛ den anaa?+ Me, Yehowa, na maka, na mɛyɛ nso. 15 Mɛbɔ wo ahwete aman so, na mama woahwete akɔ nsaase so,+ na mɛma woagyae ɔbra fĩ* no nyinaa.+ 16 W’anim begu ase wɔ amanaman anim, na wubehu sɛ mene Yehowa.’”+
17 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, Israel fi ayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ wɔ m’ani so. Wɔn nyinaa yɛ kɔbere ne sanyaa* ne dade ne sumpii* wɔ fononoo mu. Wɔayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ.+
19 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Esiane sɛ mo nyinaa moayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ nti,+ mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem kurow no mu. 20 Sɛnea wɔboa dwetɛ ne kɔbere ne dade ne sumpii ne sanyaa ano gu fononoo mu, na wohuw gya no mu ma ɛnan no, saa ara na mɛboaboa wɔn ano wɔ m’abufuw ne m’anibere mu, na mehuw ogya no mu ma moanan.+ 21 Mɛboaboa mo ano na mahuw m’abufuw gya agu mo so,+ na mobɛnan wɔ kurow no mu.+ 22 Sɛnea dwetɛ nan wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnan wɔ kurow no mu; na mubehu sɛ me, Yehowa, na mahwie m’abufuw agu mo so.’”
23 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 24 “Onipa ba, ka kyerɛ no sɛ, ‘Woyɛ asaase a wɔrentew ho na osu rentɔ ngu so abufuw da. 25 N’adiyifo abɔ pɔw bɔne wɔ kurow no mu+ te sɛ gyata a ɔbobom tetew hanam mu.+ Wɔmemene nnipa.* Wogye nkurɔfo ademude ne wɔn agude fi wɔn nsam. Wɔama akunafo adɔɔso wɔ kurow no mu. 26 N’asɔfo bu me mmara so,+ na wɔkɔ so gu me kronkronbea ho fĩ.+ Wɔmma nkurɔfo nhu nsonsonoe a ɛda nneɛma a ɛyɛ kronkron ne nea ɛnyɛ kronkron ntam.+ Na wɔmma nkurɔfo nhu nea ɛho tew ne nea ɛho ntew.+ Wobu wɔn ani gu me home nna so, na wogu me ho fĩ wɔ wɔn mu. 27 Ne mu mpanyimfo te sɛ mpataku a wɔtetew hanam mu; wohwie mogya gu, na wokum nnipa* de pɛ mfaso bɔne.+ 28 Nanso n’adiyifo de akado asra wɔn nneyɛe so. Wonya anisoadehu a ɛnyɛ nokware, wɔhyɛ nkɔm a ɛyɛ atoro,+ na wɔka sɛ: “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni,” bere a Yehowa nkaa hwee. 29 Ɔman no mufo bɔ nkurɔfo apoo na wowia wɔn nneɛma,+ wɔteetee ɔbrɛfo ne ohiani, wɔbɔ ɔhɔho apoo na wɔmma onnya atɛntrenee.’
30 “‘Mehwɛe sɛ menya ɔbarima bi wɔ wɔn mu a obegyina kurow no ananmu asiesie n’afasu anaa obegyina ntokuru a ɛda afasu no mu wɔ m’anim na mansɛe kurow no,+ nanso mannya obiara. 31 Enti mehwie m’abufuw agu wɔn so na mede m’anibere gya no ahyew wɔn ase. Mɛma wɔn akwan ho nsunsuanso aba wɔn ti so,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
23 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ná mmea baanu bi wɔ hɔ a wɔn nyinaa fi maame baako.+ 3 Wɔbɛyɛɛ tuutuufo wɔ Egypt;+ wosii tuutuu fii wɔn mmabaaberem pɛɛ. Womiamiaa wɔn nufu wɔ hɔ, na wodii wɔn kokom agoru bere a na wɔyɛ mmaabun. 4 Ɔpanyin no din de Ohola,* na ne nua no de Oholiba.* Wɔbɛyɛɛ me dea, na wɔwoo mma mmarima ne mma mmea. Edin Ohola no gyina hɔ ma Samaria,+ na Oholiba nso gyina hɔ ma Yerusalem.
5 “Ohola fii m’akyi kɔbɔɔ aguaman.+ Ɔde akɔnnɔ bɔne kodii n’adɔfo,+ Asiriafo+ a na wɔbɛn no no akyi. 6 Ebinom yɛ amradofo a wɔhyehyɛ ntaade a wɔde ntama bruu ayɛ, ɛnna ebinom nso yɛ asoafo. Wɔn nyinaa yɛ mmerante ahoɔfɛfo a wɔtete apɔnkɔ so. 7 Ɔkɔɔ so ne Asiria mmarima a wodi mu nyinaa bɔɔ aguaman, na ɔde n’adɔfo no abosom fĩ* nyinaa guu ne ho fĩ.+ 8 Wannyae tuutuu a osii wɔ Egypt no, efisɛ wɔne no dae ne mmabaaberem, na wodii ne kokom agoru bere a na ɔyɛ ɔbaabun; na wɔde wɔn aguamammɔ guaree no.+ 9 Enti mede no hyɛɛ n’adɔfo nsa, Asiriafo+ a ɔde akɔnnɔ bɔne dii wɔn akyi no. 10 Woyii n’adagyaw so,+ na wɔkyeree ne mma mmarima ne ne mma mmea kɔe,+ na ɔno nso, wɔde sekan kum no. Ogyee dimmɔne wɔ mmea mu, na wobuu no atɛn.
11 “Bere a ne nuabea Oholiba hui no, n’akɔnnɔ bɔne no bɛyɛɛ hu sen no, na ɔbɛyɛɛ tuutuuni sen ne nua Ohola koraa.+ 12 Ɔde akɔnnɔ bɔne dii Asiriafo a wɔbɛn no no akyi.+ Ná wɔyɛ amradofo ne asoafo a wɔhyɛ ntaade pa; mmerante ahoɔfɛfo a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so. 13 Bere a oguu ne ho fĩ no, mihui sɛ wɔn nyinaa afa ɔkwan koro no ara so.+ 14 Nanso ne tuutuusi no gyee nsam koraa. Ohuu mmarima a wɔayeyɛ wɔn mfoni agu ɔfasu ho; Kaldeafo a wɔde adukɔkɔɔ ayeyɛ wɔn mfoni. 15 Ná wɔde abɔso akyekyere wɔn asen, na wɔbobɔ abotiri atenten. Wɔn nyinaa te sɛ akofo, na wɔte sɛ Babilonfo a wɔwoo wɔn wɔ Kaldeafo asaase so. 16 Bere a n’ani bɔɔ wɔn so ara pɛ, onyaa wɔn ho akɔnnɔ, na ɔsomaa nkurɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea.+ 17 Enti Babilonfo baa ne nkyɛn mpɛn pii ne no bɛdae wɔ ne mpa so, na wɔde wɔn aguamammɔ guu ne ho fĩ. Bere a woguu ne ho fĩ wiei no, wɔn ho fonoo no, na ɔtwee ne ho.*
18 “Bere a osen ne kɔn na ɔkɔɔ so sii tuutuu na oyii n’adagyaw so no,+ ne ho yɛɛ me abofono, na metwee me ho fii ne ho sɛnea ne nuabea ho yɛɛ me abofono ma metwee me ho* fii ne ho no.+ 19 Ɔkɔɔ so ara sii tuutuu,+ na ɔkaee ne mmabaaberem tuutuu a osii wɔ Egypt asaase so no.+ 20 Onyaa wɔn ho akɔnnɔ te sɛ mmea a wɔn mpena barima* te sɛ mfurum ne apɔnkɔ de no. 21 Wo kɔn dɔɔ wo mmabaaberem ahohwibra a wobɔe wɔ Egypt no,+ bere a wodii wo kokom agoru, kyerɛ sɛ, bere a wodii wo mmabaaberem nufu ho agoru no.+
22 “Enti Oholiba, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Mɛma w’adɔfo a wɔn ho fonoo wo* nti wotwee wo ho fii wɔn ho no aba wo so;+ mede wɔn befi afã nyinaa aba wo so,+ 23 Babilonfo+ ne Kaldeafo nyinaa,+ Pekod ne Soa ne Koa mmarima,+ ne Asiriafo a wɔka wɔn ho nyinaa. Wɔn nyinaa yɛ mmarima ahoɔfɛfo, amradofo ne asoafo, akofo ne wɔn a wɔahyɛ da afrɛ wɔn; wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so. 24 Wɔde nteaseɛnam bebree ne asraafodɔm ne akyɛm akɛse ne akyɛm nketewa* ne dade kyɛw bɛba wo so. Wobetwa wo ho ahyia, na mɛma wɔabu wo atɛn sɛnea wɔpɛ.+ 25 Mɛma m’ani abere wo so, na wɔne wo bedi wɔ abufuw so. Wobetwa wo hwene ne w’aso, na wo nkurɔfo a wɔbɛka no, wɔde sekan bekunkum wɔn. Wɔbɛfa wo mma mmarima ne wo mma mmea akɔ, na wɔde ogya bɛhyew wo nkurɔfo a wɔbɛka no.+ 26 Wɔbɛworɔw wo ntaade+ na wɔagye w’agude fɛfɛ no+ afi wo nsam. 27 Na mɛma woagyae w’ahohwibra ne tuutuu a wufii ase sii+ wɔ Egypt no.+ Worenhwɛ wɔn bio, na worenkae Egypt bio.’
28 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Hwɛ, mede wo rebɛhyɛ wɔn a wotan wɔn no nsa, wɔn a wɔn ho fonoo wo na wotwee wo ho* fii wɔn ho no nsa.+ 29 Wɔne wo bedi no nwenweenwene na wɔafa nea woabrɛ anya nyinaa,+ na wobegyaw wo adagyaw a wonhyɛ hwee. W’aguamammɔ mu adagyaw bɛda adi na w’ahohwibra ne wo tuutuusi ho ada hɔ.+ 30 Wɔde eyinom bɛyɛ wo, efisɛ wudii amanaman no akyi te sɛ tuutuuni,+ na wode wɔn abosom fĩ guu wo ho fĩ.+ 31 Nea wo nuabea yɛe no ara bi na woyɛe,+ enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsam.’+
32 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
‘Wobɛnom wo nuabea no kuruwa a emu dɔ na ɛtrɛw no ano.+
Serew ne fɛwdi ayɛ kuruwa no ma, enti wɔbɛserew wo na wɔadi wo ho fɛw.+
33 Wobɛnom wo nuabea Samaria kuruwa ano,
Wobɛbow, na awerɛhow ahyɛ wo ma,
Nkurɔfo behu wo ma wɔn ho adwiriw wɔn, na wɔbɛsɛe wo.
34 Wobɛnom kuruwa a wɔde dɔte ayɛ no ano afifew mu ma asa;+ kuruwa no bɛbɔ, na wobɛsesaw awe,
Na woatetew wo nufu.
“Me na maka,” Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.’
35 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Esiane sɛ wo werɛ afi me na womfa me nyɛ hwee* nti,+ w’ahohwibra ne wo tuutuusi ho nsunsuanso bɛba wo ti so.’”
36 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, wobɛka atemmusɛm akyerɛ Ohola ne Oholiba+ na woaka akyiwade a wɔayɛ akyerɛ wɔn anaa? 37 Wɔasɛe aware,*+ na mogya wɔ wɔn nsam. Wɔde wɔn abosom fĩ na asɛe aware, na wɔahyew wɔn mma a wɔawo wɔn ama me no nso wɔ ogya mu* ama wɔn abosom+ adi. 38 Afei, nea wɔde yɛɛ me ni: Woguu me tenabea kronkron hɔ fĩ saa da no, na woguu me home nna ho fĩ. 39 Na bere a wokunkum wɔn mma de wɔn bɔɔ afɔre maa wɔn abosom fĩ no+ wiei no, wɔbaa me kronkronbea hɔ saa da no ara beguu ho fĩ.+ Saa na wɔyɛe wɔ m’ankasa me fi. 40 Wɔsomaa obi mpo sɛ ɔnkɔfrɛ mmarima a wɔwɔ akyirikyiri mmra.+ Bere a wɔreba no, wuguare kekaa w’ani akyi, na wode agude siesiee wo ho.+ 41 Wotenaa mpa fɛfɛ so,+ na wode ɔpon sii ho,+ na wode m’aduhuam+ ne me ngo+ sisii so. 42 Afei wɔtee nnipa pii a wɔn ho adwo wɔn nne wɔ hɔ; wɔn mu bi yɛ asabofo a wɔde wɔn fii sare so bae. Wɔde agude* guu mmea no nsa, na wɔde abotiri fɛfɛ bobɔɔ wɔn ti.
43 “Nea wasɛe aware ara abrɛ no, mekaa ne ho asɛm sɛ: ‘Ɔbɛkɔ so ara asi tuutuu no.’ 44 Enti wɔbaa ne nkyɛn mpɛn pii sɛnea obi kɔ tuutuuni nkyɛn no ara. Saa na wɔbaa mmea ahohwifo Ohola ne Oholiba nkyɛn. 45 Na mmarima a wɔteɛ de awaresɛe+ ne mogyahwiegu+ ho atemmu a ɛfata bɛma no; efisɛ wɔyɛ mmea awaresɛefo, na wodi mogya ho fɔ.*+
46 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Mɛma asraafo aba wɔn so, na wɔbɛma wɔn ho ayɛ hu na wɔafa wɔn sɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɔko mu.+ 47 Asraafo no besiw wɔn abo,+ na wɔde sekan atwitwa wɔn mu. Wobekunkum wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea,+ na wɔde ogya bɛhyew wɔn afi.+ 48 Metu ahohwibra ase afi asaase no so, na mmea nyinaa besua biribi afi mu na wɔammɔ mo ahohwibra no bi.+ 49 Na wɔde mo ahohwibra ne bɔne a mo abosom fĩ no ma moyɛe no ho nsunsuanso bɛba mo ti so; na mubehu sɛ mene Awurade Tumfo Yehowa.’”+
24 Afe a ɛto so akron, bosome a ɛto so du no da a ɛto so du no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, kyerɛw da yi* to hɔ, saa da yi ara. Babilon hene atow ahyɛ Yerusalem so saa da yi ara.+ 3 Bu atuatewfo* yi bɛ, na ka kyerɛ wɔn sɛ:
“‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“Fa dadesɛn* si gya so na hwie nsu gu mu.+
4 Fa nam a wɔatwitwa*+ a ɛyɛ akɔnnɔ no biara bi gu mu;
Fa srɛ ne basa, ne nnompe a ɛyɛ akɔnnɔ paa nso hyɛ no ma.
5 Fa oguan a odi mu paa,+ na hyehyɛ anyina wɔ dadesɛn no ase nyinaa.
Fa nnompe no ka nam a wɔatwitwa* no ho, na noa ma ɛmmen.”’
6 “Na nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
‘Mogyahwiegu kurow, due,+ dadesɛn a emu awe nkannare a emu nkannare mfii mu!
Yi nam a wɔatwitwa* no fi mu mmaako mmaako;+ mmɔ so ntonto.
7 Mogya a kurow yi aka agu no da so ara wɔ ne mfinimfini;+ ɔde guu ɔbotan kwaboo so.
Wamfa angu fam amfa dɔte ankata so.+
8 Nea ɛbɛyɛ a metua no so ka wɔ m’abufuw mu nti,
Mede ne mogya agu ɔbotan kwaboo so
Sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu.’+
9 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
‘Mogyahwiegu kurow, due!+
Mɛhyehyɛ anyina no ma adɔɔso.
10 Fa anyina bebree gu ase, na twa gya tom,
Na noa nam no ma ɛmmen yiye. Hwie ho nsu no, na ma nnompe no nhyew tumm.
11 Afei fa kɔbere dadesɛn a hwee nnim no si nnyansramma no so ma ɛnnɔ
Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛdɔ kɔɔ.
Emu fĩ bɛnan afi mu,+ na emu nkannare ahyew.
Tow ɛne ne nkannare no nyinaa gu ogya mu!’
13 “‘W’ahohwibra nti na wo ho guu fĩ.+ Meyɛe sɛ mɛma wo ho atew, nanso wo ho antew amfi wo bra fĩ* no ho. Enti wo ho rentew kosi sɛ m’abufuw a mede aba wo so no ano bɛbrɛ ase.+ 14 Me, Yehowa, na maka. Ɛbɛba mu. Biribiara rentumi nsiw me kwan, merenhu wo mmɔbɔ, na merennu me ho.+ Wobebu wo atɛn sɛnea w’akwan ne wo nneyɛe te,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
15 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 16 “Onipa ba, mɛbɔ wo dɔfo afi hɔ prɛko pɛ.+ Nni awerɛhow,* nsu, na ntwa adwo. 17 Gu ahome komm, na nyɛ ayi.+ Bɔ w’abotiri+ na hyɛ wo mpaboa.+ Nkata wo mfemfem so,*+ na nni paanoo a nkurɔfo de bɛbrɛ wo.”*+
18 Mekasa kyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wui anwummere. Bere a ade kyee anɔpa no, midii ahyɛde a wɔde maa me no nyinaa so. 19 Ɛnna ɔman no bisaa me sɛ: “Nea woreyɛ yi, sɛ ɛfa yɛn ho a, adɛn nti na wonka nkyerɛ yɛn?” 20 Na mibuaa wɔn sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, 21 ‘Ka kyerɛ Israel fi sɛ: “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Me tenabea kronkron a mode hoahoa mo ho denneennen no, nea mo ani gye ho a ɛda mo koma so* no, merebegu ho fĩ.+ Mo mma mmarima ne mo mma mmea a mugyaw wɔn akyi no, wɔde sekan bekunkum wɔn.+ 22 Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi ara. Morenkata mo mfemfem so, na morenni paanoo a nkurɔfo de bɛbrɛ mo.+ 23 Mobɛbobɔ mo abotiri, na moahyehyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhow, na morensu. Mmom, mobɛporɔw atetew wɔ mo bɔne mu,+ na mubegu ahome akyerɛ mo ho mo ho. 24 Mede Hesekiel ayɛ sɛnkyerɛnne ama mo.+ Nea wayɛ nyinaa, mo nso mobɛyɛ bi. Na sɛ ɛba mu a, mubehu sɛ mene Awurade Tumfo Yehowa.’”’”
25 “Onipa ba, meyi wɔn guankɔbea no afi hɔ, kyerɛ sɛ, ade a ɛyɛ fɛ a wodi ho ahurusi, nea wɔn ani gye ho, nea ɛda wɔn koma* so no. Meyi wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea nso afi hɔ.+ Ɛda a mɛyɛ saa no, 26 obi a wanya ne ti adidi mu bɛba abɛbɔ wo amanneɛ.+ 27 Saa da no, wubebue w’ano akasa akyerɛ nea wanya ne ti adidi mu no, na worenyɛ dinn bio.+ Mede wo bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wɔn, na wobehu sɛ mene Yehowa.”
25 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Ammonfo,+ na hyɛ nkɔm tia wɔn.+ 3 Ka kyerɛ Ammonfo sɛ, ‘Muntie Awurade Tumfo Yehowa asɛm. Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Esiane sɛ wokae sɛ Ɔtwea! bere a woguu me tenabea kronkron ho fĩ, ne bere a Israel asaase daa mpan, ne bere a wotuu Yuda fi ase kɔe nti, 4 mede wo bɛma Apuei Famfo ma wɔadi wo so. Wɔbɛba abɛkyekye wɔn asoɛe na wɔasisi wɔn ntamadan wɔ w’asaase so. Wobedi wo nnɔbae, na wɔanom wo nufusu. 5 Mɛma Raba+ adan yoma adidibea, na Ammonfo asaase adan nguan ahomegyebea; na mubehu sɛ mene Yehowa.”’”
6 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Esiane sɛ wobɔɔ wo nsam+ de wo nan pempem hɔ dii ahurusi na wudii* Israel asaase ho fɛw yayaayaw nti,+ 7 mɛteɛ me nsa wɔ wo so, na mede wo bɛma amanaman sɛ nneɛma a wɔsesaw wɔ ɔko mu. Metwa wo afi aman mu na matɔre w’ase afi nsaase so.+ Mɛsɛe wo pasaa na wubehu sɛ mene Yehowa.’
8 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Moab+ ne Seir+ kae sɛ, “Hwɛ! Yuda fi te sɛ aman a aka no nyinaa.” 9 Ɛno nti mɛma nkurow a ɛwɔ Moab nkyɛnmu no ho ada hɔ, nkurow a ɛyɛ fɛ te sɛ Bet-Yesimot, Baal-Meon, de kosi Kiriataim.+ 10 Mede wɔn bɛka Ammonfo ho ama Apuei Famfo adi wɔn so,+ na wɔrenkae Ammonfo bio wɔ amanaman no mu.+ 11 Na mebu atɛn wɔ Moab,+ na wobehu sɛ mene Yehowa.’
12 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Edom tuaa Yuda fi so ka, na wɔnam so yɛɛ bɔne kɛse tiaa wɔn;+ 13 ɛno nti, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Me nso mɛteɛ me nsa wɔ Edom so, na metwa nnipa ne nyɛmmoa afi asaase no so, na mama ada mpan.+ Efi Teman kosi Dedan nyinaa, wobewuwu sekan ano.+ 14 ‘Na menam me man Israel nsa so betua Edomfo bɔne so ka.+ Wɔde m’abufuw ne m’anibere bɛba Edom so, na Edomfo behu sɛnea matua wɔn bɔne so ka,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”’
15 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Esiane sɛ Filistifo tan wɔn daa nti, wɔpɛ sɛ wɔfa ɔkwammɔne so* tua wɔn so ka na wɔsɛe wɔn.+ 16 Ɛno nti, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mɛteɛ me nsa wɔ Filistifo so,+ na metwa Keretifo afi hɔ,+ na masɛe nnipa a aka a wɔtete mpoano no.+ 17 Na mede abufuw kɛse betua wɔn bɔne so ka de atwe wɔn aso, na sɛ mitua wɔn bɔne so ka a, wobehu sɛ mene Yehowa.”’”
26 Afe a ɛto so 11, bosome no da a edi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, Tiro akasa atia Yerusalem+ sɛ, ‘Ɔtwea! Wɔabubu amanaman no pon no!+ Afei biribiara bɛba abedi me nsam. Seesei a wɔasɛe no yi, mɛyɛ ɔdefo.’ 3 Eyi nti, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Tiro, me ne wo wɔ asɛm, na mede aman pii bɛba wo so sɛnea ɛpo bɔ n’asorɔkye ba no. 4 Wɔbɛsɛe Tiro afasu na wɔadwiriw n’aban agu,+ na mɛwerɛwerɛw ne ho dɔte ma wayɛ ɔbotan kwaboo. 5 Ɔbɛdan baabi a wɔhata asau wɔ ɛpo mfinimfini.’+
“Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, ‘Me na maka, na amanaman bɛfa Tiro sɛ nneɛma a wɔasesaw wɔ ɔko mu. 6 Na wɔde sekan bekunkum nkurɔfo a wɔwɔ ne nkuraase* a atwa ne ho ahyia no, na nnipa behu sɛ mene Yehowa.’
7 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Mɛma Babilon hene Nebukadnesar* afi atifi fam aba Tiro so.+ Ɔyɛ ahemfo mu hene,+ na ɔde apɔnkɔ+ ne nteaseɛnam+ ne asraafo a wɔtete apɔnkɔ so ne asraafodɔm kɛse* na ɛbɛba. 8 Nnipa a wɔwɔ nkuraase a atwa wo ho ahyia no, ɔde sekan bekunkum wɔn, obegye ban atwa wo ho ahyia na wato akoban,* na ɔde kyɛm kɛse aba wo so. 9 Ɔde n’afiri* bedwiriw w’afasu na ɔde n’abonnua* abubu w’aban. 10 N’apɔnkɔ bɛdɔɔso ara ma ɛbɛma mfuturu akata wo so. Sɛ ɔfa w’apon mu ba wo so a, wɔn a wɔtete apɔnkɔ so ne ntwahonan ne nteaseɛnam no nnyigyei bɛma w’afasu awosow; ɛbɛyɛ te sɛ nea mmarima abɔ awura kurow a n’afasu abubu mu. 11 Ɔde n’apɔnkɔ nan betiatia w’akwantempɔn nyinaa so;+ ɔde sekan bekunkum wo nkurɔfo, na w’adum akɛse no ahwehwe fam. 12 Wɔbɛfa w’ahode na wɔafom nneɛma a wotɔn,+ wobebubu w’afasu na wɔadwiriw w’adan fɛfɛ no agu; afei wɔde w’abo, nneɛma a wode nnua ayɛ, ne wo dɔte begu nsu mu.’
13 “‘Mɛma wo nnwonto gyegyeegye no agyae, na wɔrente w’asanku nnyigyei bio.+ 14 Mɛma woayɛ ɔbotan kwaboo, na woadan baabi a wɔhata asau.+ Wɔrensan nkyekye wo sɛ kurow bio. Me, Yehowa, na maka,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
15 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka akyerɛ Tiro ni: ‘Sɛ wohwe ase, na wɔn a wɔrewuwu* no penepene, na wokunkum wo mu nnipa, na sɛ nsupɔw no te a, wɔn ho rempopo anaa?+ 16 Ɛpo so abirɛmpɔn* nyinaa befi wɔn agua so asisi fam, na wobeyiyi wɔn ntaade* ne wɔn ntama a wɔadi mu adwini no agu hɔ, na wɔn ho bɛpopo.* Wɔbɛtenatena fam na wɔn ho apopo saa ara, na wɔatɛɛ wɔn anom ahwɛ wo.+ 17 Na wɔbɛto wo ho awerɛhow dwom*+ na wɔaka akyerɛ wo sɛ:
“Kurow a wɔn a wɔte po so bɛtenaa wo mu, kurow a wɔkamfoo wo, hwɛ sɛnea woahwe ase;+
Wo ne wɔn a wɔtete wo mu no, na mo ho yɛ den wɔ ɛpo so,+
Momaa asaase sofo nyinaa bɔɔ hu!
19 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Sɛ mesɛe wo te sɛ nkurow a obiara nte mu, na mema ɛpo asorɔkye kata wo so na nsu pii yiri fa wo so+ a, 20 mede wo bɛka wɔn a wɔrekɔ amoa* mu no ho, na woakɔka wɔn a wɔtenaa ase teteete no ho; mɛma wo ne wɔn a wɔrekɔ amoa mu no atena asaase ase tɔnn,+ baabi a ɛte sɛ tete mmeae a ada mpan no, na obiara rentena wo mu bio. Na mɛhyɛ ateasefo asaase anuonyam.*
21 “‘Mɛma ehu atɔ wo so mpofirim, na worentena hɔ bio.+ Nnipa bɛhwehwɛ wo, nanso wɔrenhu wo bio da,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
27 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, to Tiro ho awerɛhow dwom.*+ 3 Ka kyerɛ Tiro sɛ,
‘Wo a wote ɛpo abobow ano,
Oguadini a wo ne nsupɔw pii di gua,
Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“O Tiro, wo ara na wokae sɛ, ‘M’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.’+
6 Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabon.
Kitim+ nsupɔw so kwabɔhɔrɔ dua a wɔde asonse* asiesie ho na wɔde yɛɛ w’anim.
7 Egypt ntama a wɔde kɔla ahorow ayɛ na wɔde yɛɛ wo mframatama,
Na hama bruu ne ntama kɔkɔɔ a efi Elisah+ nsupɔw so na wɔde yɛɛ wo nkataso.
8 Sidonfo ne Awadfo+ na wɔharee w’ahyɛn.
O Tiro, wo ara w’animdefo na wɔbɛyɛɛ w’ahyɛn mu adwumayɛfo.+
9 Gebal mpanyimfo a wonim adwuma+ ne emu animdefo na wotuatuaa w’ahyɛn mu ntokuru.+
Ɛpo so ahyɛn ne emu adwumayɛfo nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bedii gua.
10 Persia ne Lud ne Put mmarima+ bɛyɛɛ w’asraafo, w’akofo.
Wɔde wɔn akyɛm ne wɔn dade kyɛw sensɛn wo ho, na wɔma wunyaa anuonyam.
11 Awadfo a wɔyɛ w’asraafo twaa w’afasu ho hyiae,
Na mmarima akokodurufo na wɔwɛn w’aban so.
Wɔde akyɛm sensɛn w’afasu ho hyiae,
Na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee pɛyɛ.
12 “‘“Ahode pii a wowɔ nti,+ Tarsis+ ne wo dii gua. Wode wo nneɛma maa no de gyee ne dwetɛ, dade, sanyaa,* ne sumpii.*+ 13 Na Yawan, Tubal,+ ne Mesek+ ne wo dii gua. Nneɛma a wotɔn no, wode maa wɔn de gyee nkoa+ ne nneɛma a wɔde kɔbere ayɛ. 14 Wɔde apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ fi Togarma fi+ brɛɛ wo de begyee wo nneɛma. 15 Dedanfo+ ne wo dii gua; na wofaa nkurɔfo ma wodii gua wɔ nsupɔw bebree so maa wo; asonse+ ne dua tuntum a ne bo yɛ den* na wɔde tuaa wo ka. 16 Nneɛma dodow a wotɔn nti, Edomfo ne wo dii gua. Na wode wo nneɛma maa wɔn de gyee nsrammabo, ntama kɔkɔɔ, ntama a wɔde kɔla ahorow anwene, ntama pa, ɛpo mu abohene, ne aboɔden abo kɔkɔɔ.
17 “‘“Wo ne Yuda ne Israel dii gua. Wode w’aguade maa wɔn de gyee+ hwiit a efi Minit,+ aduan pa, ɛwo,+ ngo, ne balsam aduhuam.+
18 “‘“Nneɛma dodow a wotɔn ne w’ahonyade nyinaa nti, Damasko+ ne wo dii gua. Ɔtɔn Helbon nsã* ne oguan nwi a efi Sahar* maa wo. 19 Wedan ne Yawan fi Usal bae na wɔne wo bedii gua. Wɔde dade nneɛma, kasia dua,* ne sibiri huamhuam* brɛɛ wo de gyee w’aguade. 20 Ntama* a wɔde to apɔnkɔ so tena so no, ɛno na Dedanfo+ de maa wo gyee wo nneɛma. 21 Wofaa Arabiafo ne Kedar abirɛmpɔn+ nyinaa ma wɔtɔn nguan mma, adwennini, ne mpɔnkye maa wo.+ 22 Saba ne Raama+ aguadifo ne wo dii gua; wode wo nneɛma maa wɔn de gyee nnuhuam a ɛyɛ papa, aboɔden abo nyinaa bi, ne sika kɔkɔɔ.+ 23 Wo ne Haran,+ Kane, Eden,+ aguadifo a wofi Saba,+ Asur,+ ne Kilmad dii gua. 24 Wɔne wo dii gua, na wɔde ntaade fɛfɛ, nguguso a wɔde ntama bruu ne ntama a wɔde kɔla ahorow anwene baa wo gua so; ɛne kapɛt a wɔde kɔla ahorow ayɛ. Wɔde nhama bɔɔ ne nyinaa mu kyekyeree no denneennen bae.
26 Wɔn a wɔhare wo no de wo aba ɛpo bun mu;
Apuei mframa abubu wo wɔ ɛpo mfinimfini tɔnn.
27 W’ahonyade, wo nneɛma, w’aguade, w’ahyɛn mufo, ne emu adwumayɛfo,
Wɔn a wotuatua w’ahyɛn mu ntokuru, w’aguadifo+ ne w’akofo nyinaa+
—W’asafodɔm ne wɔn a wɔwɔ wo mu nyinaa—
Da a wobɛhwe ase no, wɔn nyinaa bɛmem wɔ ɛpo mfinimfini.+
28 Sɛ wo hyɛn mu adwumayɛfo teɛm a, mpoano nsaase bɛwosow.
29 Wɔn a wokura atabon, ahyɛn mufo, ne ɛpo so adwumayɛfo nyinaa
Besisi afi wɔn ahyɛn mu abegyinagyina asaase kesee so.
32 Na wɔbɛto wo ho awerɛhow dwom* abɔ bena sɛ:
‘Hena na ɔte sɛ Tiro a seesei wɔama wayɛ komm wɔ ɛpo mfinimfini yi?+
33 Bere a w’aguade fi ɛpo so bae no, womaa aman pii nyaa nea wɔpɛ.+
W’ahonyade ne w’aguade pii no maa asaase so ahemfo nyaa wɔn ho.+
35 Nsupɔw sofo nyinaa bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ wo,+
Na ehu bɛma wɔn ahemfo ho apopo;+ obiara benyinyam n’anim.
36 Nea ato wo nti, aguadifo a wofi aman horow so bɛbɔ wo so hwirema.
W’awiei bɛba mpofirim na ɛbɛyɛ hu,
Na wɔrenhu wo bio da biara da.’”’”+
28 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, ka kyerɛ ɔpanyin a ɔda Tiro ano no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“Esiane sɛ wo koma ama ne ho so nti,+ woka sɛ, ‘Meyɛ onyame.
Mete anyame agua so wɔ ɛpo mfinimfini,’*+
Wo komam de, wote nka sɛ woyɛ onyame,
Nanso woyɛ onipa, na wonyɛ onyame.
3 Hwɛ, wunim nyansa sen Daniel.+
Ahintasɛm biara nni hɔ a wɔde asie wo.
6 “‘Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“Esiane sɛ wote nka wɔ wo komam sɛ woyɛ onyame nti,
7 Mede ahɔho reba wo so, atirimɔdenfo a wɔwɔ amanaman no mu,+
Na wɔbɛtwe wɔn sekan de asɛe wo nyansa bebrebe no
Na wɔasɛe w’anuonyam.+
9 Wobɛkɔ so aka akyerɛ nea ɔrekum wo no sɛ, ‘Meyɛ onyame?
Worenyɛ onyame, mmom wobɛyɛ onipa kɛkɛ wɔ wɔn a wɔregu wo ho fĩ no nsam.”’
11 Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 12 “Onipa ba, to Tiro hene ho awerɛhow dwom,* na ka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“Sɛ yɛka obi a ne biribiara di mu a, na ɛyɛ wo.
Ná nyansa ahyɛ wo ma,+ na w’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.+
13 Ná wote Eden, Onyankopɔn turom.
Wɔde abohene nyinaa bi siesiee wo
—Abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ahwehwɛbo, sikaberebo, abohene tuntum, abohene ahabammono, hoabo, nsrammabo,+ ne ahabammonobo;
Sika kɔkɔɔ na wɔde yɛɛ nsiase ne nsiso de abo yi nyinaa tetaree so.
Da a mebɔɔ wo no, saa da no na meyɛɛ ne nyinaa.
14 Mede wo sii hɔ sɛ kerubim a wɔasra no a watrɛw ne ntaban mu.*
Onyankopɔn bepɔw kronkron so na na wote,+ na ogya abo ntam na wonantewee.
Enti metu wo sɛ abusude afi Onyankopɔn bepɔw so.+
O kerubim a woatrɛw wo ntaban mu,* metu w’ase na woannantew ogya abo no ntam bio.
17 W’ahoɔfɛ nti, wo koma ama ne ho so.+
Na w’anuonyam nti, woasɛe wo nyansa.+
Mɛtow wo akyene asaase so.+
Mede wo begyina ahemfo anim ma wɔahwɛ wo.
18 W’amumɔyɛ dodow ne w’aguadi bɔne nti, woagu wo kronkronbea ho fĩ.
Mɛma ogya afi wo mu aba, na ɛbɛhyew wo.+
Mɛma woadan nsõ wɔ asaase so wɔ wɔn a wɔrehwɛ wo no nyinaa anim.
19 Aman horow mufo a wonim wo nyinaa bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ wo.+
W’awiei bɛba mpofirim na ɛbɛyɛ hu,
Na wɔrenhu wo bio da biara da.”’”+
20 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 21 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Sidon+ na hyɛ nkɔm tia no. 22 Na ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“O Sidon, me ne wo wɔ asɛm, na mɛhyɛ me ho anuonyam wɔ wo mu.
Na sɛ mibu no atɛn ma me din ho tew a, nnipa behu sɛ mene Yehowa.
23 Mɛma nsanyare a edi awu aba no so na mogya asen afa ne mmɔnten so.
Sɛ sekan ba no so wɔ afã nyinaa a, nnipa bewuwu wɔ ne mu;
Na wobehu sɛ mene Yehowa.+
24 Afei ohwirom bɔne ne nsɔe a ano yɛ yaw biara,+ kyerɛ sɛ, wɔn a wodi wɔn ho fɛw no rentwa Israel fi ho nhyia bio; na nnipa behu sɛ mene Awurade Tumfo Yehowa.”’
25 “‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Sɛ mesan boaboa Israel fi ano fi aman a wɔahwete wɔn kɔ so no mu+ a, me din ho bɛtew wɔ amanaman no anim.+ Na wɔbɛtena wɔn asaase so;+ asaase a mede maa m’akoa Yakob no.+ 26 Wɔbɛtena so dwoodwoo+ na wɔasisi adan ayeyɛ bobe mfuw.+ Sɛ mibu wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wodi wɔn ho fɛw no atɛn+ a, wɔbɛtena ase dwoodwoo; na wobehu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.”’”
29 Afe a ɛto so du, bosome a ɛto so du no da a ɛto so 12 no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Egypt hene Farao na hyɛ nkɔm tia ɔne Egypt nyinaa.+ 3 Ka kyerɛ no sɛ: ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“Hwɛ, me ne wo anya, Egypt hene Farao,+
Asuboa kɛse a woda wo Nil* asuasu mu,+
Wo a woka sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea,
M’ankasa na meyɛe.’+
4 Nanso mede akɔtɔkoro bɛhyehyɛ w’afono mu na mama w’asubɔnten Nil mu mpataa afomfam w’abona ho.
Meyi wo ne mpataa a ɛfomfam w’abona ho no nyinaa afi Nil mu.
5 Megyaw wo ne w’asubɔnten Nil mu mpataa nyinaa agu sare so.
Wobɛkɔ akɔtɔ wuram wɔ petee mu, na wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano.+
Mede wo bɛma wuram mmoa ne wim nnomaa sɛ aduan.+
6 Na Egyptfo nyinaa behu sɛ mene Yehowa,
Efisɛ wɔnyɛ poma mma Israel fi bio, na mmom wɔyɛ demmire.*+
7 Bere a wosoo wo nsa no, wo mu bui,
Na womaa wɔn mmati hunhuanee.
8 “‘Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mede sekan reba wo so,+ na metwitwa nnipa ne mmoa nyinaa afi wo mu. 9 Egypt asaase bɛsɛe adan amamfo,+ na wobehu sɛ mene Yehowa, efisɛ woaka* sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea; m’ankasa na meyɛe.’+ 10 Enti me ne wo ne w’asubɔnten Nil anya, na mɛma Egypt asaase asɛe, na ɛso awo, na ada mpan+ afi Migdol+ akosi Sine+ ne Etiopia ahye so. 11 Onipa anaa ayɛmmoa biara nan remfa so,+ na wɔrentena so mfe 40. 12 Mɛma Egypt asaase adan amamfo mu amamfo; na ne nkurow bɛsɛe koraa na ada mpan mfe 40;+ na mɛbɔ Egyptfo ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.”+
13 “‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mfe 40 no ba awiei a, mɛboaboa Egyptfo ano afi aman a wɔbɔɔ wɔn pansam so no mu.+ 14 Mede Egyptfo a wotuu wɔn fii wɔn asaase so no bɛsan aba wɔn kurom wɔ Patros asaase so,+ na wɔbɛyɛ ahenni a enni anuonyam. 15 Ahenni a aka no bɛyɛ kɛse asen Egypt, na ɛremma ne ho so wɔ aman a aka no so bio,+ na mɛma wayɛ ketewa na wanhyɛ amanaman no so.+ 16 Israel fi remfa wɔn ho nto no so bio,+ na mmom ɛbɛma wɔakae bɔne a wɔyɛe sɛ wɔkɔhwehwɛɛ mmoa fii Egypt hɔ no. Na wobehu sɛ mene Awurade Tumfo Yehowa.”’”
17 Afe a ɛto so 27, bosome a edi kan no da a edi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, Babilon hene Nebukadnesar*+ maa n’asraafo kɔyɛɛ adwuma kɛse tiaa Tiro.+ Na eti nyinaa so pae, na mmati nyinaa ho worɔworɔwee. Nanso ɔne n’asraafo no annya akatua biara amfi dwuma a wokodii Tiro no mu.
19 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Mede Egypt asaase bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar nsa;+ ɔbɛfa n’ahode na wafom emu nneɛma nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ n’asraafo no akatua.’
20 “‘Mede Egypt asaase bɛma no de atua adwuma a ɔyɛ tiaa no* no ho ka, efisɛ wɔyɛ maa me,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
21 “Saa da no, mɛma Israel fi anya ahoɔden,*+ na mɛma wo kwan ma woakasa wɔ wɔn mu; na wobehu sɛ mene Yehowa.”
30 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“Mommɔ bena, ‘Hwɛ, ɛda no reba!’
3 Ɛda no abɛn, Yehowa da no abɛn.+
Ɛbɛyɛ omununkum da;+ amanaman no bere.+
4 Wɔbɛtwe Egypt so sekan, na sɛ nnipa wuwu wɔ Egypt a, ehu kɛse bɛba Etiopia so.
Wɔbɛfa Egypt ahode na wɔadwiriw ne fapem agu.+
5 Etiopia,+ Put,+ Lud, ne nnipa a wofi aman foforo so* nyinaa,
Kub, ne wɔn a wɔte apam asaase so* nyinaa,
Wɔn nyinaa bewuwu sekan ano.”’
6 “Nea Yehowa aka ni:
‘Wɔn a wɔtaa Egypt akyi nso bewuwu,
Na ne tumi a ɔde hoahoa ne ho no, wɔbɛbrɛ no ase.’+
“‘Wobewuwu sekan ano fi Migdol+ akosi Sine,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 7 ‘Na wɔbɛdan amamfo mu amamfo, na ne nkurow bɛsɛe koraa na ada mpan.+ 8 Na sɛ mede ogya to Egypt mu na n’aboafo nyinaa sɛe a, wobehu sɛ mene Yehowa. 9 Saa da no, mɛsoma nkurɔfo ma wɔde hyɛn akɔ, na wɔbɛma Etiopia a ogye ne ho di no ho apopo. Egypt ahohia da no, ehu bɛka no, na ɛbɛba ɔkwan biara so.’
10 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Mɛfa Babilon hene Nebukadnesar* nsa so+ asɛe Egypt dɔm. 11 Mɛma ɔne n’asraafo, atirimɔdenfo a wɔhyɛ aman so no+ aba abɛsɛe asaase no. Wɔbɛtwe wɔn sekan wɔ Egypt so na wɔakunkum nnipa ahyɛ asaase no so ma.+ 12 Mɛma Nil asuasu+ ayow adan asaase kesee na matɔn asaase no ama nnipabɔnefo. Na mɛma ahɔho asɛe asaase no ne nea ɛwɔ so nyinaa ma adan amamfo.+ Me Yehowa na maka.’
13 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Afei mɛsɛe abosom fĩ* no, na mayi anyamehunu no afi Nof.*+ Na obirɛmpɔn biara remfi Egypt asaase so mma bio, na mɛma ehu aka Egypt asaase.+ 14 Mɛsɛe Patros pasaa,+ mede ogya bɛto Soan mu na mabu Noh* atɛn.+ 15 Mehwie m’abufuw agu Egypt abannennen Sin so, na mɛsɛe nnipa a wɔwɔ Noh no. 16 Mede ogya bɛto Egypt mu, na ehu bɛka Sin. Wobebubu Noh, na atamfo bɛba Nof* so awia ketee! 17 Wɔde sekan bekunkum On* ne Pibeset mmerante, na wɔbɛkyere nkurow no mufo akɔ. 18 Sɛ miyi Egypt kɔndua fi hɔ a, esum beduru Tapanes.+ Na ne tumi a ɔde hoahoa ne ho no to betwa.+ Omununkum bɛkata no so, na wɔbɛkyere ne nkurow mufo akɔ.+ 19 Mebu Egypt atɛn na wobehu sɛ mene Yehowa.’”
20 Na afe a ɛto so 11, bosome a edi kan no da a ɛto so ason no, Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 21 “Onipa ba, mabu Egypt hene Farao basa mu, na wɔrenkyere mfa nsa no yare; wɔremfa ade nkyekyere na anya ahoɔden aso sekan mu.”
22 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Me ne Egypt hene Farao wɔ asɛm,+ na mebubu ne basa a ɛyɛ den ne nea emu abu no,+ na mɛma ne sekan afi ne nsam atɔ fam.+ 23 Afei mɛbɔ Egyptfo ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.+ 24 Mɛhyɛ Babilon hene abasa mu den*+ na mede me sekan ahyɛ ne nsam,+ mebubu Farao abasa na obesi apini denneennen wɔ n’anim* te sɛ obi a ɔrewu. 25 Mɛhyɛ Babilon hene abasa mu den na Farao abasa mu begow; na sɛ mede me sekan hyɛ Babilon hene nsam na ɔde toa Egypt asaase+ a, wobehu sɛ mene Yehowa. 26 Na mɛbɔ Egyptfo ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.+ Na wobehu sɛ mene Yehowa.’”
31 Afe a ɛto so 11, bosome a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ka kyerɛ Egypt hene Farao ne ne dɔm+ sɛ,
‘Hena na wosɛ no wɔ wo kɛseyɛ mu?
3 Wote sɛ Asiriani, na wote sɛ sida dua a ɛwɔ Lebanon;
Ne nkorabata yɛ fɛ na eyiyi ahaban kusuu a ɛma onwini; ɛyɛ dua a ɛkorɔn.
Ne nkɔnmu kodu omununkum mu.
4 Nsu ma ɛyɛɛ kɛse, subun ma enyin kɔɔ soro.
Na nsuten twaa baabi a esi nyinaa ho hyiae.
Ne nsuka kɔɔ asaase no so nnua nyinaa ho.
5 Ɛno nti na enyin kokuroo kɔɔ soro sen asaase no so nnua a aka nyinaa no.
Nsu pii a ɛwɔ n’asuten mu nti,
Ne mmaa bɛyɛɛ bebree na ne nkorabata yɛɛ atenten.
6 Wim nnomaa nyinaa bɛyɛɛ wɔn mmerebuw wɔ ne mmaa so,
Wuram mmoa nyinaa bɛwoo wɔn mma wɔ ne nkorabata ase,
Aman akɛse nyinaa tenaa ne nwini ase.
7 Ne ntini kɔɔ fam ma enyaa nsu bebree,
Enti ɛbɛyɛɛ dupɔn a ɛyɛ fɛ maa ne nkorabata yɛɛ atenten.
8 Sida dua biara nni Onyankopɔn turom+ a na ɛte sɛ ɛno.
Ɔpopaw dua biara nni hɔ a na ne mmaa te sɛ ɛno,
Na kyɛnkyɛn dua biara nni hɔ a na ɛwɔ nkorabata te sɛ ɛno.
Dua biara nni Onyankopɔn turom a na ɛyɛ fɛ te sɛ ɛno.
9 Memaa ne nhaban yɛɛ kusuu maa ne ho yɛɛ fɛ,
Na Eden nnua a ɛwɔ nokware Nyankopɔn no turom nyinaa ani beree no.’
10 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Esiane sɛ ɔbɛyɛɛ* tenten kokuroo maa ne nkɔnmu duu omununkum mu na ne tenten maa ne koma maa ne ho so nti, 11 mede no bɛhyɛ otumfo a odi amanaman so no nsa.+ Na ɔne no bedi no nwenweenwene. Ne bɔne nti mɛpo no. 12 Na ahɔho, atirimɔdenfo a wɔhyɛ aman so betwa ato fam, na wobegyaw no mmepɔw so. Ne nhaban bɛtetew agu subon nyinaa mu, na ne mmaa bebubu agu asaase so nsubɔnten nyinaa mu.+ Asaase so nnipa nyinaa befi ne nwini ase na wɔagyaw no hɔ. 13 Wim nnomaa nyinaa bɛba abesisi ne dua a ɛda fam no so, na wuram mmoa nyinaa bɛba ne nkorabata so.+ 14 Eyi baa saa sɛnea ɛbɛyɛ a nsu ho dua biara renyɛ tenten kokuroo bio anaa ne nkɔnmu rennu omununkum mu bio, na dua biara a enya nsu pii rentwe ne mu tenteenten nkodu hɔ bio. Efisɛ wɔn nyinaa bewuwu te sɛ adasamma a wɔkɔ asaase ase tɔnn anaa amoa* mu.’
15 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Da a ɛbɛkɔ Ɔdamoa* mu no, mɛma awerɛhow aba. Enti mɛkata subun no so, na mɛtwe ne nsuwansuwa no asan na nsu bebree no ansen. Ne nti mɛma Lebanon adan sum kabii na wuram nnua nyinaa akisa. 16 Sɛ mede no ka wɔn a wɔrekɔ amoa mu no nyinaa ho kɔ Ɔdamoa* mu tɔnn, na aman te sɛ wahwe ase a, mɛma wɔn ho awosow. Na Eden nnua nyinaa,+ Lebanon nnua papa a ɛyɛ fɛ nyinaa, nnua a enya nsu nyinaa bɛkyekye wɔn werɛ wɔ asaase ase tɔnn. 17 Wɔne no* kɔ Ɔdamoa* mu kɔka wɔn a wɔde sekan kunkum wɔn no ho,+ wɔne wɔn a na wɔtaa n’akyi* a wɔtenaa ne nwini ase wɔ amanaman mu no.’+
18 “‘Eden dua bɛn na ɛte sɛ wo wɔ anuonyam ne kɛseyɛ mu?+ Nanso wɔde wo bɛka Eden nnua ho akɔ asaase ase tɔnn. Na wo ne momonotofo* bɛda faako; wo ne wɔn a wɔde sekan akunkum wɔn no. Eyi na ɛbɛto Farao ne ne dɔm nyinaa,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
32 Afe a ɛto so 12, bosome a ɛto so 12 no da a edi kan no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, to Egypt hene Farao ho awerɛhow dwom* na ka kyerɛ no sɛ:
‘Ná wote sɛ gyata* a ne ho yɛ den wɔ amanaman no mu,
Nanso wɔama woayɛ dinn.
Ná wote sɛ ɛpo mu asuboa kɛse;+ ná wuhuruhuruw pete wo ho wɔ wo nsubɔnten mu,
Na wode wo nan fono nsu na woyɛ nsubɔnten* no fĩ.’
3 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni,
‘Mɛma asafodɔm a wofi aman pii mu atrɛw m’atena mu agu wo so,
Na wɔde m’asau beyi wo.
4 Megyaw wo ato asaase so;
Mɛtow wo akyene asaase petee so.
Mɛma wim nnomaa nyinaa abesisi wo so
Na mɛma wuram mmoa a wɔwɔ asaase nyinaa so awe wo nam amee.+
7 ‘Sɛ midum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro na mama ne nsoromma ayɛ tumm.
Mede omununkum bɛkata owia so,
Na ɔsram renhyerɛn bio.+
8 Wo nti mɛma ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa ayɛ tumm,
Na mede esum bɛkata w’asaase so,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
10 Mɛma nnipa pii ho adwiriw wɔn,
Na sɛ mihim me sekan wɔ wɔn ahemfo anim a, ehu bɛka wɔn ma wɔn ho apopo.
Da a wobɛhwe ase no, wɔn ho bɛwosow biribiri;
Obiara besuro sɛ ne nkwa befi ne nsa.’
11 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
‘Babilon hene bɛtwe ne sekan wɔ wo so.+
Wɔbɛma Egypt ahohoahoa no adan animguase na wɔatɔre ne dɔm nyinaa ase.+
13 Mɛtɔre ne nyɛmmoa ase afi wɔn nsu bebree no ho,+
Na onipa anaa ayɛmmoa biara nan remfono nsu no bio.’+
14 ‘Saa bere no, mɛma wɔn nsu ani atew,
Na wɔn nsubɔnten asen sɛ ngo,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
15 ‘Sɛ mepra nea ahyɛ Egypt asaase so ma nyinaa ma ɛda mpan,+
Na mikunkum wɔn a wɔtete so nyinaa a,
Wobehu sɛ mene Yehowa.+
Wɔbɛto Egypt ne ne dɔm nyinaa ho awerɛhow dwom,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
17 Afei afe a ɛto so 12, bosome no da a ɛto so 15 no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, bɔ bena wɔ Egypt dɔm ho na ma onsian nkɔ fam, wɔne aman akɛse mma mmea a wɔrekɔ amoa* mu no.
19 “‘Hena na wo ho yɛ fɛ sen no? Sian kɔ fam kɔda momonotofo* mu!’
20 “‘Wɔn a sekan akunkum wɔn no mu na wobewuwu.+ Wɔde no ama sekan; montwe ɔne ne dɔm nyinaa nkɔ.
21 “‘Akatakyi no mu atitiriw befi Ɔdamoa* mu tɔnn akasa akyerɛ ɔne n’aboafo. Wobesian akɔ fam akɔdeda te sɛ momonotofo a wɔde sekan akunkum wɔn. 22 Asiria ne n’asafodɔm nyinaa wɔ hɔ. Wɔn adamoa atwa ne ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu sekan ano.+ 23 N’ada wɔ amoa* mu tɔnn, na n’asafodɔm atwa n’adamoa ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu sekan ano, efisɛ wɔmaa ehu baa ateasefo asaase so.
24 “‘Elam+ ne ne dɔm a wowuwui wɔ sekan ano no nyinaa wɔ hɔ. Wɔde wɔn momonoto kɔ asaase ase tɔnn. Wɔn na wɔmaa ehu baa ateasefo asaase so. Afei, animguase bɛka wɔne wɔn a wɔrekɔ amoa* mu no nyinaa. 25 Wɔde ne mpa asi wɔn a wɔakunkum wɔn no mfinimfini, na ne dɔm nyinaa atwa n’adamoa ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wowuwui wɔ sekan ano, efisɛ wɔmaa ehu baa ateasefo asaase so; na animguase bɛka wɔne wɔn a wɔrekɔ amoa* mu no nyinaa. Wɔn a wɔakunkum wɔn no mu na wɔde no toe.
26 “‘Ɛhɔ na Mesek ne Tubal+ ne wɔn dɔm* nyinaa wɔ. Wɔn adamoa* atwa ne ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔde sekan ahwirew wɔn mu, efisɛ wɔmaa ehu baa ateasefo asaase so. 27 Akatakyi a wɔyɛ momonotofo a wɔawuwu no, ɛnyɛ wɔn mu na wɔbɛdeda? Wɔn na wɔde wɔn akode sian kɔɔ Ɔdamoa* mu tɔnn. Wɔde wɔn ti bɛto wɔn sekan so,* na wɔn bɔne aba wɔn nnompe so, efisɛ wɔyɛ akatakyi a wɔmaa ehu baa ateasefo asaase so. 28 Wo de, wɔbɛsɛe wo wɔ momonotofo mu, na wo ne wɔn a wowuwui wɔ sekan ano akɔda.
29 “‘Ɛhɔ na Edom+ ne n’ahemfo ne n’abirɛmpɔn nyinaa wɔ. Wɔn tumi nyinaa akyi no, wɔde wɔn kaa wɔn a sekan akunkum wɔn no ho; wɔn nso bɛda momonotofo ne wɔn a wɔrekɔ amoa* mu no nkyɛn.+
30 “‘Ɛhɔ na atifi fam abirɛmpɔn* ne Sidonfo nyinaa wɔ.+ Eyinom na wɔn tumi a ɛma wɔn ho yɛ hu nyinaa akyi no, wɔne awufo asian kɔ fam tɔnn wɔ animguase mu. Wɔde wɔn momonoto bɛkɔ akɔda wɔn a sekan kunkum wɔn no mu, na wɔde wɔn animguase bɛkɔ akɔka wɔn a wɔrekɔ amoa* mu no ho.
31 “‘Farao behu eyinom nyinaa, na nea ɛbɛto ne dɔm no nyinaa bɛma ne werɛ akyekye.+ Wɔde sekan bekunkum Farao ne n’asraafodɔm nyinaa,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
32 “‘Farao maa ehu baa ateasefo asaase so, enti wobesie ɔne ne dɔm nyinaa aka momonotofo ho, wɔn a sekan akunkum wɔn no,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
33 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, wo ne wo man mma nkasa+ na ka kyerɛ wɔn sɛ,
“‘Fa no sɛ mede sekan reba asaase bi so,+ ɛnna asaase no sofo nyinaa ayɛ nokoro ayi ɔbarima bi sɛ wɔn wɛmfo; 3 bere a ohui sɛ sekan no reba asaase no so no, ɔbɔɔ abɛn de bɔɔ ɔman no kɔkɔ.+ 4 Sɛ obi te abɛn no na wantie kɔkɔbɔ no,+ na sɛ sekan no bekum no* a, obedi ɔno ara ne mogya ho fɔ.*+ 5 Ɔtee abɛn no, nanso wantie kɔkɔbɔ no. Enti obedi ɔno ara ne mogya ho fɔ.* Sɛ otiee kɔkɔbɔ no a, anka obegye ne ho* nkwa.
6 “‘Na sɛ ɔwɛmfo no hu sɛ sekan no reba na wammɔ abɛn+ amfa ammɔ ɔman no kɔkɔ na sekan no bekum wɔn mu baako* a, ɔno de, ne bɔne nti na obewu, nanso ɔwɛmfo no nsam na mebisa ne mogya afi.’*+
7 “Na wo, onipa ba, mede wo ayɛ Israel fi wɛmfo, enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.+ 8 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefo sɛ, ‘Ɔbɔnefo, owu na wubewu,’+ na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefo no ammɔ no kɔkɔ amma wannyae ne bɔne a, obewu ne bɔne mu,+ nanso ne mogya de, mebisa afi wo hɔ. 9 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefo kɔkɔ sɛ ɔnsan mfi ne kwammɔne so na wansesa a, obewu ne bɔne mu,+ na wo de, wubegye wo ho* nkwa.+
10 “Na wo, onipa ba, ka kyerɛ Israel fi sɛ, ‘Moka sɛ: “Yɛn atuatew ne yɛn bɔne mu yɛ duru wɔ yɛn so na ama yɛresɛe,+ enti yɛbɛyɛ dɛn anya nkwa?”’+ 11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni: ‘“Mete ase yi, m’ani nnye ɔbɔnefo wu ho;+ nea mepɛ ne sɛ ɔbɔnefo bɛsesa n’akwan+ na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfi mo akwammɔne so.+ O Israel fi, adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ muwuwu?”’+
12 “Na wo, onipa ba, ka kyerɛ wo man mma sɛ, ‘Sɛ ɔtreneeni tew atua a, ne trenee no rentumi nnye no.+ Na sɛ ɔbɔnefo twe ne ho fi ne bɔne ho a, ne bɔne no remma ɔnhwe ase.+ Saa ara na da a ɔtreneeni bɛyɛ bɔne no, ne trenee no rentumi nnye no nkwa.+ 13 Sɛ meka kyerɛ ɔtreneeni sɛ: “Wubenya nkwa,” na ɔde ne ho to ne trenee so na ɔyɛ nneɛma bɔne*+ a, adetrenee a ɔyɛe nyinaa wɔrenkae bio, na mmom ne bɔne nti, obewu.+
14 “‘Na sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefo sɛ: “Owu na wubewu,” na ɔtwe ne ho fi ne bɔne ho na odi asɛntrenee yɛ nea ɛteɛ,+ 15 na ɔbɔnefo no de ade a ne yɔnko de sii awowa san ma no,+ otua nea wabɔ nkurɔfo apoo agye,+ odi ahyɛde a ɛma nkwa no so, na wanyɛ bɔne a, nkwa na obenya,+ ɔrenwu. 16 Ne bɔne a wayɛ no, ɛho asodi biara renna no so.*+ Esiane sɛ wadi asɛntrenee ayɛ nea ɛteɛ nti, nkwa na obenya.’+
17 “Wo manfo de, nea wɔka ne sɛ, ‘Yehowa akwan nteɛ.’ Nanso wɔn mmom na wɔn akwan nteɛ.
18 “Sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne a, nea wayɛ nti obewu.+ 19 Na sɛ ɔbɔnefo twe ne ho fi ne kwammɔne so bedi asɛntrenee na ɔyɛ nea ɛteɛ a, nea wayɛ nti obenya nkwa.+
20 “O Israel fi, moka sɛ, ‘Yehowa akwan nteɛ.’+ Mebu mo mu biara atɛn sɛnea n’akwan te.”
21 Afei bere a wotuu yɛn fii yɛn asaase so no, n’afe a ɛto so 12, bosome a ɛto so du no da a ɛto so anum no, ɔbarima bi a na waguan afi Yerusalem baa me nkyɛn+ bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔasɛe kurow no!”+
22 Ansa na ɔbarima a oguanee no reba no, Yehowa honhom* baa me so anwummere no, na obuee m’ano ansa na ɔbarima no reba me nkyɛn anɔpa; m’ano buei ma mitumi kasae.+
23 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 24 “Onipa ba, wɔn a wɔtete mmeae a asɛe yi+ reka Israel asaase ho asɛm sɛ, ‘Ná Abraham yɛ obaakofo nanso asaase no bɛyɛɛ ne dea.+ Yɛn de, yɛdɔɔso; yɛn na wɔde asaase no ama yɛn sɛ yɛn agyapade.’
25 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mudi mogya ka nam ho,+ moma mo ani so kyerɛ mo abosom fĩ,* na muhwie mogya gu.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na asaase no atumi ayɛ mo dea? 26 Mode mo ho ato mo sekan so,+ moyɛ akyiwade, na obiara gu ne yɔnko yere ho fĩ.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na asaase no atumi ayɛ mo dea?”’+
27 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mete ase yi, wɔn a wɔtete mmeae a asɛe no bewuwu sekan ano; na wɔn a wɔte wuram no, mɛma mmoa bɔne awe wɔn; wɔn a wɔtete abannennen ne abodan mu no, yare bekunkum wɔn.+ 28 Mɛma asaase no asɛe pasaa+ na n’ahohoahoa no to betwa, na Israel mmepɔw bɛdan amamfo,+ na obiara rentwam wɔ hɔ. 29 Sɛ akyiwade a wɔayɛ nyinaa nti,+ mesɛe asaase no pasaa ma ɛdan amamfo+ a, wobehu sɛ mene Yehowa.”’
30 “Na wo, onipa ba, wo manfo rekeka wo ho nsɛm wɔ afasu ho ne afi apon ano.+ Obiara ka kyerɛ ne nua sɛ, ‘Mommra mmetie asɛm a efi Yehowa hɔ.’ 31 Wɔbɛboaboa wɔn ho ano abɛtenatena w’anim te sɛ me man; wɔbɛte wo nsɛm, nanso wɔrenni so.+ Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛ wo,* nanso wɔn koma di mfaso bɔne akyi. 32 Hwɛ, wɔn ani so no, wote sɛ obi a ɔto ɔdɔ nnwom, obi a ne nne yɛ dɛ a onim sanku bɔ yiye. Wɔbɛte wo nsɛm, nanso obiara remfa nyɛ adwuma. 33 Na sɛ enya ba mu a—ba de, ɛbɛba mu nso—wobehu sɛ odiyifo bi tenaa wɔn mu.”+
34 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo. Hyɛ nkɔm na ka kyerɛ nguanhwɛfo no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Israel nguanhwɛfo nnue!+ Nea ɛbɛkɔ wɔn yam nkutoo na ehia wɔn. Ɛnyɛ nguan no mmom na ɛsɛ sɛ nguanhwɛfo ma wɔn aduan?+ 3 Mmoa no srade na mudi, na wɔn nwi na mode kata mo ho. Mukum mmoa a wɔadɔ srade,+ nanso momma nguan no aduan nni.+ 4 Nea wayɛ mmerɛw no moanhyɛ no den, nea ɔyare no moansa no yare, nea wapira no moankyekyere ne kuru, nea watew ne ho no moankɔfa no amma,+ na nea wayera no moanhwehwɛ no; mmom mohyɛɛ wɔn so dii wɔn ani.+ 5 Enti wɔhwetee, efisɛ na oguanhwɛfo biara nni hɔ;+ wɔbɔ hwetee, na wɔdan aduan maa wuram mmoa. 6 Me nguan bɔɔ ko wɔ mmepɔw ne nkoko nyinaa so, na wɔbɔɔ me nguan hwetee asaase so baabiara, nanso obiara ammisa wɔn ase, na obiara ankɔhwehwɛ wɔn.
7 “‘“Enti mo, nguanhwɛfo, muntie Yehowa asɛm: 8 ‘“Mete ase yi,” Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, “Mmoa rekyere me nguan we na wɔadan aduan ama wuram mmoa nyinaa efisɛ wonni ahwɛfo, na me nguanhwɛfo anhwehwɛ me nguan amma wɔn aduan, na mmom nea ɛbɛkɔ wɔn yam nkutoo na ehia wɔn.”’ 9 Ɛno nti, nguanhwɛfo, muntie Yehowa asɛm. 10 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Me ne nguanhwɛfo no wɔ asɛm; mɛma wɔabu me nguan ho akontaa.* Meremma wɔnyɛn me nguan* bio,+ na nguanhwɛfo no remfa wɔn nyɛ aduan bio; meyi me nguan afi wɔn anom na wɔanwe wɔn bio.’”
11 “‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Hwɛ, m’ankasa mɛhwehwɛ me nguan na mayɛn wɔn.+ 12 Oguanhwɛfo hu ne nguan a wɔahwete a, ɔma wɔn aduan, na saa ara na me nso mɛhwɛ me nguan.+ Omununkum ne esum kabii da no, baabi a wɔhwetee wɔn kɔe nyinaa, meyi wɔn afi hɔ.+ 13 Meyi wɔn afi amanaman mu na maboaboa wɔn ano afi nsaase so de wɔn aba wɔn asaase so. Na mɛma wɔn aduan wɔ Israel mmepɔw so,+ nsuten ho, ne asaase no so tenabea nyinaa. 14 Mɛma wɔn aduan wɔ adidibea pa; Israel mmepɔw atenten so na wobedidi.+ Ɛhɔ na wobenya tenabea pa adwudwo wɔn ho+ na wɔadi aduan pa wɔ Israel mmepɔw so.”
15 “‘“M’ankasa mɛyɛn me nguan+ na mama wɔadwudwo wɔn ho,”+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 16 “Nea wayera no mɛhwehwɛ no,+ nea watew ne ho no mede no bɛba, nea wapira no mɛkyekyere ne kuru, na nea wayɛ mmerɛw no mɛhyɛ no den. Nea wadɔ srade ne nea ne ho yɛ den no de, metwa no afi hɔ; atemmu na mede bɛyɛ n’aduan.”
17 “‘Na mo a moyɛ me nguan no de, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Merebebu oguan ne oguan ntam atɛn, ne adwennini ne mpapo ntam atɛn.+ 18 Enti mohwɛ a, eye sɛ mubedidi wɔ adidibea pa awie na moatiatia adidibea a aka no so asɛe no? Sɛ monom nsu a ani tew wie a, eye sɛ mode mo nan betiatia nea aka no mu asɛe no anaa? 19 Adidibea a moatiatia so asɛe hɔ na mopɛ sɛ me nguan didi wɔ hɔ, anaasɛ nsu a moatiatia mu asɛe no na mopɛ sɛ wɔnom?”
20 “‘Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka akyerɛ wɔn ni: “Hwɛ, m’ankasa mebu oguan a wadɔ srade ne nea wafɔn ntam atɛn, 21 efisɛ mode mo nkyɛnmu ne mo mmati piapiaa wɔn a wɔyare no nyinaa, na mode mo mmɛn piapiaa wɔn kosii sɛ mobɔɔ wɔn hwetee. 22 Megye me nguan, na mmoa renkyere wɔn nwe bio,+ na mebu oguan ne oguan ntam atɛn. 23 Mede oguanhwɛfo baako, m’akoa Dawid, besi wɔn so+ na wayɛn wɔn. Ɔno ankasa bɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfo.+ 24 Me Yehowa na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn,+ na m’akoa Dawid ayɛ obirɛmpɔn wɔ wɔn mu.+ Me Yehowa na maka.
25 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam,+ na mɛpam wuram mmoa bɔne afi asaase no so,+ na wɔbɛtena sare so dwoodwoo na wɔadeda kwae mu.+ 26 Mɛma wɔne nsaase a atwa me nkoko ho ahyia nyinaa ayɛ nhyira,+ na mɛma osu atɔ ne bere mu. Mɛtɔ nhyira agu wɔn so sɛ nsu.+ 27 Wuram nnua bɛsow aba na asaase abɔ aduan,+ na wɔbɛtena wɔn asaase so dwoodwoo. Sɛ mibubu wɔn kɔndua mu na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a, wobehu sɛ mene Yehowa.+ 28 Amanaman no remfa wɔn nyɛ wɔn aduan bio, na asaase so aboa biara renkyere wɔn nwe. Wɔbɛtena ase dwoodwoo, na obiara renhunahuna wɔn.+
29 “‘“Mɛyɛ afuw a ɛbɛyɛ krabɛhwɛ* ama wɔn, na ɔkɔm renkunkum wɔn bio wɔ asaase no so,+ na amanaman no rengu wɔn anim ase bio.+ 30 ‘Na wobehu sɛ me, Yehowa wɔn Nyankopɔn, meka wɔn ho, na Israel fi yɛ me man,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”’
31 “‘Na mo, me nguan,+ nguan a mereyɛn mo, mo de moyɛ nnipa, na mene mo Nyankopɔn,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
35 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Seir a ɛwɔ mmepɔw mu+ no na hyɛ nkɔm tia no.+ 3 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “O Seir a wowɔ mmepɔw mu, me ne wo wɔ asɛm, na mɛteɛ me nsa wɔ wo so na mama woadan amamfo.+ 4 Mɛma wo nkurow asɛe pasaa, na woadan amamfo;+ na wubehu sɛ mene Yehowa, 5 efisɛ woatan Israel fi tete;+ wɔn amanehunu bere ne wɔn asotwe a etwa to mu no, wugyaw wɔn ma wokunkum wɔn.”’+
6 “Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, ‘Mete ase yi, mesiesie wo ama mogyahwiegu, na mogyahwiegu bedi w’akyi.+ Wotan mogya, enti mogyahwiegu na ebedi w’akyi.+ 7 Mɛma Seir mmepɔw asɛe pasaa,+ na metwa nea ɔretwam ne nea ɔresan nyinaa afi so. 8 Mɛma wɔakunkum nnipa ahyɛ ne mmepɔw so ma, na wɔn a wobewuwu sekan ano no bɛyɛ bebree wɔ wo nkoko so, w’abon mu, ne wo nsubɔnten mu. 9 Mɛma woayɛ amamfo daa na wo nkurow ada mpan,+ na wubehu sɛ mene Yehowa.’
10 “Ɛmfa ho sɛ Yehowa ankasa ka aman abien no ho no, wokae sɛ, ‘Saa aman abien ne nsaase abien yi bɛyɛ me dea, na yɛbɛfa ne nyinaa.’+ 11 Enti, Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, ‘Mete ase yi, sɛnea ɔtan nti wo bo fuw wɔn na w’ani beree wɔn no,+ me nso me ne wo bedi no saa ara; na sɛ mibu wo atɛn a, mɛma nkurɔfo no ahu sɛ ɛyɛ me. 12 Wubehu sɛ me Yehowa, mate nsɛm a woaka atia Israel mmepɔw no nyinaa sɛ: “Wɔadan amamfo, na wɔde wɔn ama yɛn sɛ aduan.” 13 Mode mo ano kaa nsɛm akɛse tiaa me, na mokekaa nsɛm pii tiaa me.+ Mate ne nyinaa.’
14 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Mɛma woadan amamfo ma asaase nyinaa adi ahurusi. 15 Sɛnea w’ani gyei sɛ Israel fi agyapade adan amamfo no, saa ara na mɛyɛ wo.+ O Seir mmepɔw, wobɛdan amamfo; ɛbɛka Edom nyinaa.+ Na wobehu sɛ mene Yehowa.’”
36 “Na wo, onipa ba, hyɛ Israel mmepɔw ho nkɔm na ka sɛ, ‘O Israel mmepɔw, muntie Yehowa asɛm. 2 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Ɔtamfo no dii mo ho fɛw kae sɛ, ‘Ahaa! Tete nkoko no abɛyɛ yɛn dea!’”’+
3 “Enti hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Wɔasɛe mo, na wɔatow ahyɛ mo so wɔ afã nyinaa, na amanaman no mufo a wonyaa wɔn ti didii mu* no afa mo sɛ wɔn agyapade, na daa nkurɔfo keka mo ho nsɛm di mo ho nseku.+ 4 Enti O Israel mmepɔw, muntie Awurade Tumfo Yehowa asɛm! Eyi na Awurade Tumfo Yehowa aka akyerɛ mmepɔw, nkoko, nsuten, abon, ne amamfo nkurow a ɛdeda mpan no;+ wɔn na aman a atwa ahyia no afom wɔn nneɛma adi wɔn ho fɛw.+ 5 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka akyerɛ wɔn nyinaa ni: ‘M’abufuhyew mu+ na mɛkasa atia aman a wonyaa wɔn ti didii mu ne Edom nyinaa, aman a mmoa adidibea ne nneɛma a wɔafom nti, wɔde ahurusidi kɛse ne animtiaabu* afa m’asaase ayɛ wɔn agyapade.’”’+
6 “Enti hyɛ Israel asaase ho nkɔm na ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubɔnten ne abon sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Hwɛ, m’anibere ne m’abufuw mu na mɛkasa, efisɛ amanaman no agu mo anim ase.”’+
7 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘M’ankasa mama me nsa so aka ntam sɛ aman a atwa mo ho ahyia no bɛsoa wɔn ankasa animguase.+ 8 Nanso mo, Israel mmepɔw de, mubeyiyi nkorabata na moasow aba ama me man Israel,+ efisɛ ɛrenkyɛ na wɔasan aba. 9 Hwɛ, migyina mo akyi, na metwa m’ani abɛhwɛ mo, na wobesiesie mo na wɔadua mo so aba. 10 Mɛma mo nkurɔfo, Israel fi nyinaa adɔɔso, na nnipa bɛtenatena nkurow no mu,+ na wɔbɛsan akyekye nkurow a adan amamfo no.+ 11 Yiw, mɛma mo nkurɔfo ne mo nyɛmmoa adɔɔso+ ayɛ bebree, na mɛma nnipa abɛtena mo nkurow mu sɛnea bere bi na ɛte no,+ na mɛma asi mo yiye asen kan no.+ Na mubehu sɛ mene Yehowa.+ 12 Mɛma nkurɔfo, me ara me nkurɔfo Israel, anantew mo asaase so, na wɔbɛfa mo ayɛ wɔn agyapade.+ Na morenkunkum wɔn mma bio.’”+
13 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Eyinom ka kyerɛ mo sɛ: “Woyɛ asaase a womemene nnipa na wukunkum mmofra a wɔwɔ w’aman mu.”’ 14 ‘Enti, woremmemene nnipa bio na worenkunkum mmofra a wɔwɔ w’aman mu bio,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 15 ‘Meremma amanaman no ntwa wo adapaa bio, na aman renni wo ho fɛw bio,+ na woremma w’aman nhwe ase bio.’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
16 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 17 “Onipa ba, bere a Israel fi te wɔn asaase so no, wɔde wɔn akwan ne wɔn nneyɛe guu asaase no ho fĩ.+ Ná wɔn akwan te sɛ brayɛ mu fĩ wɔ m’ani so.+ 18 Mogya a wohwie guu asaase no so ne abosom fĩ* a wɔde guu asaase no ho fĩ nti, mihwiee m’abufuw guu wɔn so.+ 19 Enti mebɔɔ wɔn hwetee aman so, na wɔpetee nsaase so.+ Mibuu wɔn atɛn sɛnea wɔn akwan ne wɔn nneyɛe te. 20 Na bere a wɔkɔɔ saa aman no so no, nkurɔfo guu me din kronkron no ho fĩ,+ na wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ, ‘Yehowa nkurɔfo ni, nanso wɔafi n’asaase so kɔ.’ 21 Me din kronkron a Israel fi guu ho fĩ bere a wɔkɔɔ amanaman so no, mɛyɛ ho biribi.”+
22 “Enti ka kyerɛ Israel fi sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “O Israel fi, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ eyi, na mmom me din kronkron a muguu ho fĩ bere a mokɔɔ amanaman no so ntia.”’+ 23 Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, ‘Mɛtew me din kɛse a woguu ho fĩ wɔ amanaman mu no ho;+ edin a muguu ho fĩ wɔ wɔn mu no. Amanaman no hu sɛ matew me din ho wɔ mo mu a, wobehu sɛ mene Yehowa.+ 24 Meyi mo afi aman so na maboaboa mo ano afi nsaase nyinaa so de mo asan aba mo asaase so.+ 25 Mede nsu a emu tew bɛpete mo so ama mo ho atew.+ Mɛtew mo ho afi nea mode agu mo ho fĩ nyinaa+ ne mo abosom fĩ nyinaa ho.+ 26 Mɛma mo koma foforo+ na mede honhom foforo ahyɛ mo mu.+ Meyi koma a ayɛ sɛ ɔbo+ no afi mo honam mu na mama mo koma a ɛyɛ mmerɛw.* 27 Mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na mɛma moadi m’ahyɛde so,+ na moatie m’atemmusɛm adi so. 28 Moyɛ saa a, mobɛtena asaase a mede maa mo agyanom no so, na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.’+
29 “‘Megye mo afi mo fĩ nyinaa mu na mama aduan abu so; meremma ɔkɔm nne mo bio.+ 30 Mɛma nnua so aba ne afuw mu nnɔbae abu so, na ɔkɔm amma mo anim angu ase bio wɔ amanaman no mu.+ 31 Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛe a ɛnteɛ nyinaa. Na mo bɔne ne mo akyiwade nti, mo ho bɛyɛ mo ankasa abofono.+ 32 Nanso, munhu sɛ ɛnyɛ mo nti na mereyɛ eyi.+ O Israel fi, mo akwan nti, momma mo ani nwu na mo anim ngu ase,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
33 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Ɛda a mɛtew mo ho afi mo bɔne nyinaa ho no, mɛma nnipa abɛtenatena nkurow no mu,+ na wɔbɛsan akyekye nkurow a adan amamfo no.+ 34 Asaase a asɛe a obiara retwam a n’ani tua sɛ ada mpan no, wɔbɛyɛ so afuw. 35 Na nkurɔfo bɛka sɛ: “Asaase a na asɛe pasaa no abɛyɛ sɛ Eden turo,+ na nkurow a edwiriw gui na ɛdan amamfo no, wɔato ho ɔfasu, na nnipa abɛtena mu.”+ 36 Na aman a aka a atwa mo ho ahyia no nyinaa behu sɛ me Yehowa na masi nea wodwiriw gui no, na madua asaase a na asɛe no so nneɛma. Me Yehowa na mekae, na mayɛ nso.’+
37 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Ade a mɛsan ama Israel fi abisa afi me hɔ na mayɛ ama wɔn ni: Mɛma wɔn ho nnipa adɔɔso sɛ nguankuw. 38 Wɔbɛyɛ sɛ akronkronfo dɔm, te sɛ Yerusalem nguankuw* wɔ afahyɛ bere mu.+ Enti nnipadɔm bɛhyɛ nkurow a na asɛe no mu ma.+ Na nnipa behu sɛ mene Yehowa.’”
37 Yehowa honhom* baa me so, na Yehowa nam ne honhom so de me kogyinaa obon kɛse no mfinimfini,+ na na nnompe ayɛ mu ma. 2 Ɔma menantew nnompe no ntam hyiae, na mihui sɛ nnompe ayɛ obon no mu bebree, na na ɛho awo wosee.+ 3 Na obisaa me sɛ: “Onipa ba, enti nnompe yi betumi anya nkwa?” Ɛnna mekae sɛ: “Awurade Tumfo Yehowa, wo na wunim.”+ 4 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nnompe yi ho nkɔm na ka sɛ, ‘O nnompe a awo wosee, muntie Yehowa asɛm:
5 “‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka akyerɛ nnompe yi ni: “Mɛma ahome aba mo mu na moanya nkwa.+ 6 Mede ntini ne ɛnam betuatua mo ho na mede were adura mo ho, na mede ahome bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa; na mubehu sɛ mene Yehowa.”’”
7 Enti mehyɛɛ nkɔm sɛnea ɔkae no. Bere a mehyɛɛ nkɔm no, metee nnyigyei bi, na nnompe no de kikirikikiri twiw bɛnee, na dompe besii dompe anim. 8 Afei mihui sɛ ntini ne nam abetuatua ho, na were beduraa ho. Nanso na ahome biara nnim.
9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa. Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ mframa sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “O mframa,* fi mframa anan no mu bɛbɔ fa nnipa a wɔakunkum wɔn yi so na wonnya nkwa.”’”
10 Na mehyɛɛ nkɔm sɛnea ɔka kyerɛɛ me no, na ahome* bɛhyɛɛ wɔn mu, na wonyaa nkwa, na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn anan so.+ Ná wɔyɛ dɔm kɛse paa.
11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, nnompe yi gyina hɔ ma Israel fi nyinaa.+ Wɔka sɛ, ‘Yɛn nnompe ho awo wosee, na yɛn anidaso asa.+ Wɔatwa yɛn asu.’ 12 Enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Me man, mebuebue mo adamoa ano,+ na mayi mo afi mo adamoa mu de mo akɔ Israel asaase so.+ 13 O me man, sɛ mibue mo adamoa ano yi mo fi mo adamoa mu a, mubehu sɛ mene Yehowa.”’+ 14 ‘Mede me honhom bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa,+ na mede mo bɛtena mo asaase so. Afei mubehu sɛ me Yehowa na mekae, na mayɛ nso,’ Yehowa asɛm ni.”
15 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 16 “Wo onipa ba, fa dua bi na kyerɛw ho sɛ, ‘Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho* no dea.’+ Fa dua foforo nso na kyerɛw ho sɛ, ‘Yosef dea, kyerɛ sɛ, dua a egyina hɔ ma Efraim ne Israel fi a wɔka ne ho* nyinaa.’+ 17 Afei ka abien no bom ma ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam.+ 18 Sɛ wo man mufo* bisa wo sɛ, ‘Dɛn na eyi kyerɛ?’ a, 19 ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mede Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam ne Israelfo a wɔka ne ho no bɛka Yuda dua ho, na mɛma ayɛ dua baako,+ na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.”’ 20 Fa nnua a wobɛkyerɛw ho no hyɛ wo nsam ma wonhu.
21 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Meyi Israelfo afi aman a wɔkɔɔ so no so, na maboaboa wɔn ano afi mmaa nyinaa de wɔn aba wɔn asaase so.+ 22 Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asaase no so,+ Israel mmepɔw so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so,+ na wɔrenkɔ so nyɛ aman abien bio, na wɔn mu rempaapae nyɛ ahenni abien bio.+ 23 Wɔremfa wɔn abosom fĩ* ne wɔn akyiwade ne wɔn mmarato ngu wɔn ho fĩ bio.+ Megye wɔn afi bɔne a wɔyɛe nyinaa mu, na mɛtew wɔn ho. Wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.+
24 “‘“M’akoa Dawid bedi wɔn so hene,+ na oguanhwɛfo baako ahwɛ wɔn nyinaa so.+ Wobedi m’atemmusɛm so na wɔahwɛ adi m’ahyɛde so.+ 25 Wɔbɛtena asaase a mede maa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa so no so;+ wɔne wɔn mma* ne wɔn mma mma bɛtena so daa,+ na m’akoa Dawid na ɔbɛyɛ wɔn birɛmpɔn daa.+
26 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam;+ apam a ɛbɛtena hɔ daa. Na mede wɔn bedua wɔn asaase so ama wɔadɔɔso.+ Na mede me kronkronbea besi wɔn mfinimfini afebɔɔ. 27 Mɛtena me ntamadan mu* wɔ wɔn mu* na mayɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.+ 28 Na sɛ mede me kronkronbea si wɔn mfinimfini afebɔɔ a, amanaman no behu sɛ me Yehowa na meretew Israel ho.”’”+
38 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani si Gog a ofi Magog asaase so no so,+ Mesek ne Tubal obirɛmpɔn kunini no,+ na hyɛ nkɔm tia no.+ 3 Ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mesek ne Tubal obirɛmpɔn kunini Gog, hwɛ, me ne wo wɔ asɛm. 4 Mɛma w’adwene asesa, na mede akɔtɔkoro ahyehyɛ w’afono mu+ de atwe wo ne w’asraafodɔm,+ apɔnkɔ ne ɛsotefo a wɔhyehyɛ ntaade fɛfɛ, w’asafodɔm a wokurakura akyɛm akɛse ne nketewa* ne asekan nyinaa. 5 Persia, Etiopia, ne Put+ a wɔn nyinaa wɔ akyɛm nketewa ne nnade kyɛw no ka wɔn ho; 6 Gomer ne n’asraafodɔm nyinaa, Togarma fi+ a wofi atifi fam akyirikyiri ne n’asraafodɔm nyinaa; aman pii nso ka wo ho.+
7 “‘“Siesie wo ho na yɛ krado, wo ne wo dɔm nyinaa, wɔn a wɔaboaboa wɔn ano wɔ wo nkyɛn nyinaa, na wo na wubedi wɔn anim.*
8 “‘“Nna pii akyi no mɛba abɛhwɛ wo. Na mfe a edi akyiri mu no, wobɛtow ahyɛ wɔn a wɔagye wɔn afi sekan ano no asaase so, wɔne nnipa a wɔboaboaa wɔn ano fii aman pii so baa Israel mmepɔw so no; efi bere tenten na ayɛ amamfo. Asaase yi sofo na woyii wɔn fii aman so bae, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo.+ 9 Wobɛba wɔn so sɛ ahum, na wobɛkata asaase no so te sɛ omununkum; wo ne w’asraafodɔm nyinaa ne aman pii a wɔka wo ho.”’
10 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Saa da no, biribi bɛba wo komam na woadwen adwemmɔne. 11 Na wobɛka sɛ: “Mɛtow ahyɛ asaase a ɛho da hɔ no so.*+ Mɛba wɔn a wɔte hɔ dwoodwoo na biribiara nhaw wɔn no so. Wɔn nyinaa tete hɔ a wonni ɔfasu, na adaban ne apon mpo wonni bi.” 12 W’adwene ne sɛ wubenya nneɛma pii afom, na woatow ahyɛ amamfo a afei nnipa tete so no so,+ ne nnipa a wɔasan aboaboa wɔn ano afi amanaman mu+ a wɔanya ahode ne agyapade pii+ no so; nnipa a wɔte asaase mfinimfini no.
13 “‘Saba+ ne Dedan+ ne Tarsis aguadifo+ ne n’akofo* nyinaa bebisa wo sɛ: “Nneɛma pii a wubenya afom nti na worebɛtow ahyɛ wɔn so yi? Woaboaboa w’asafo ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsoa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ na woafa ahode ne agyapade, na woasesaw nneɛma pii akɔ?”’
14 “Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no, worenhu anaa?+ 15 Wubefi wo tenabea a ɛwɔ atifi fam akyirikyiri aba,+ wo ne aman pii a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, asafodɔm kɛse, asraafodɔm bebree.+ 16 Wobɛba me man Israel so te sɛ omununkum abɛkata asaase no so. Awiei nna no mu no, mede wo bɛba ma woatow ahyɛ m’asaase so,+ na sɛ menam wo so tew me din ho wɔ amanaman no anim a, wɔahu me, O Gog.”’+
17 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Ɛnyɛ wo na menam me nkoa adiyifo a wɔwɔ Israel so kaa wo ho asɛm tete no? Wɔhyɛɛ* nkɔm mfe pii sɛ mede wo bɛba ma woatow ahyɛ wɔn so.’
18 “Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, ‘Saa da no, ɛda a Gog bɛtow ahyɛ Israel asaase so no, m’abufuw bɛdɛw.+ 19 M’anibere ne m’abufuw mu na mɛkasa; saa da no, asaasewosow kɛse bɛba Israel asaase so. 20 Me nti, ɛpo mu mpataa, wim nnomaa, wuram mmoa, mmoa a wɔwea fam nyinaa, ne asaase so nnipa nyinaa ho bɛpopo, na mmepɔw bedwiriw agu,+ na abotan akɛse apaapae na afasu nyinaa adwiriw agu fam.’
21 “‘Mɛma sekan aba no so wɔ me mmepɔw nyinaa so. Na obiara bɛtwe sekan wɔ ne nua so,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 22 ‘Na mede nsanyare a edi awu+ ne mogyahwiegu bɛtwe n’aso; na mɛma osu kɛse ne asukɔtweaa+ ne ogya+ ne sɔfe*+ atɔ agu ɔne n’asraafodɔm ne aman bebree a wɔka ne ho no so.+ 23 Na mɛhyɛ me ho anuonyam na matew me din ho, na mɛda me ho adi wɔ aman pii anim ma wɔahu sɛ mene Yehowa.’
39 “Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog+ na ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Gog, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn kunini,+ me ne wo wɔ asɛm. 2 Mɛma w’adwene asesa, na medi w’anim atwe wo afi atifi fam akyirikyiri,+ na mede wo aba Israel mmepɔw so. 3 Mɛbɔ w’agyan afi wo nsa benkum mu akyene, na mɛma wo mmɛmma afi wo nsa nifa mu agu fam. 4 Wo ne w’asraafodɔm ne aman a wɔka wo ho nyinaa bewuwu Israel mmepɔw so.+ Mede wo bɛyɛ aduan ama nnomaa ahorow a wodi nam, ne wuram mmoa.”’+
5 “‘Wubewu wuram wɔ petee mu;+ me na maka,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
6 “‘Mede ogya bɛba Magog ne wɔn a wɔte nsupɔw so dwoodwoo no so,+ na wobehu sɛ mene Yehowa. 7 Mɛma wɔahu me din kronkron no wɔ me man Israel mu, na meremma wongu me din kronkron no ho fĩ bio, na amanaman no behu sɛ mene Yehowa,+ Ɔkronkronni a ɔwɔ Israel no.’+
8 “‘Yiw, ɛbɛba na ɛbɛyɛ hɔ,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. ‘Eyi ne da a mekaa ho asɛm no. 9 Wɔn a wɔtete Israel nkurow mu befi adi, na wɔde akode, kyerɛ sɛ, akyɛm nketewa* ne akɛse, agyan, mmɛmma, mporibaa,* ne mpeaw bɛsɔ gya; wɔde bɛsɔ gya+ mfe ason. 10 Wɔrenkɔhwehwɛ mmabaa wɔ wuram, na wɔrenkɔ anyina wɔ kwae mu; wɔde akode na ɛbɛsɔ gya.’
“‘Wɔn a bere bi wɔbɛfaa wɔn nneɛma no, wɔn nso bɛfa wɔn nneɛma, na wɔn a bere bi wɔbɛfom wɔn nneɛma no, wɔn nso bɛfom wɔn nneɛma,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
11 “‘Saa da no, mɛma Gog+ anya amusiei wɔ Israel, wɔ obon a nnipa fa mu a ɛwɔ po no apuei fam no mu, na ebesiw wɔn a wɔfa hɔ no kwan. Na wobesie Gog ne ne dɔm nyinaa wɔ hɔ, na wɔbɛfrɛ hɔ Hamon-Gog Bon.*+ 12 Israel fi de abosome ason besie wɔn de atew asaase no ho.+ 13 Asaase no sofo nyinaa besie wɔn, na eyi bɛma wɔagye din, da a mɛhyɛ me ho anuonyam no,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
14 “‘Wobeyi nnipa ma wɔakyinkyin afa asaase no so daa, na wɔasie wɔn a wɔaka asaase no so de atew ho. Wɔbɛkɔ so akyinkyin abosome ason de ahwehwɛ. 15 Sɛ wɔn a wɔfa asaase no so hu onipa dompe a, wɔbɛhyɛ no agyirae kosi sɛ wɔn a wosie nnipa no bɛba abesie wɔ Hamon-Gog Bon no mu.+ 16 Na kurow bi nso bɛwɔ hɔ a wɔfrɛ no Hamona.* Na wɔbɛtew asaase no ho.’+
17 “Na wo, onipa ba, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Ka kyerɛ nnomaa ahorow ahorow ne wuram mmoa nyinaa sɛ: “Mommoaboa mo ho ano mmra. Mummehyiam wɔ afɔre kɛse a merebɔ ama mo wɔ Israel mmepɔw so no ase.+ Mubedi nam anom mogya.+ 18 Mubedi atumfo nam anom asaase so abirɛmpɔn mogya. Wɔyɛ adwennini, nguan mma, mpapo, ne anantwinini; wɔn nyinaa yɛ Basan mmoa a wɔadɔ srade. 19 Na mubedi srade amee aboro so, na moanom mogya abobow wɔ afɔre a mɛbɔ ama mo no ase.”’
20 “‘Mɛtow pon ama moabedi apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete nteaseɛnam mu ne atumfo ne akofo nyinaa nam amee,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
21 “‘Mɛda m’anuonyam adi wɔ amanaman no mu, na aman nyinaa behu m’atemmu ne me tumi* a mada no adi wɔ wɔn mu no.+ 22 Efi saa da no rekɔ no, Israel fi behu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. 23 Na amanaman no behu sɛ Israel fi bɔne nti na wotuu wɔn fii wɔn man mu, na esiane sɛ wɔanni me nokware nti+ na mede m’anim hintaw wɔn,+ na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa,+ na wɔn nyinaa wuwui sekan ano. 24 Sɛnea wɔn bra fĩ* ne wɔn mmarato te no, saa ara na me ne wɔn dii, na mede m’anim hintaw wɔn.’
25 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Afei de, mede Yakob asefo a wotuu wɔn kɔɔ aman foforo so no bɛsan aba,+ na mahu Israel fi nyinaa mmɔbɔ,+ na mede nsi bɛbɔ me din kronkron no ho ban.*+ 26 Esiane sɛ wɔanni me nokware nti, wɔn anim begu ase,+ na ɛno akyi no, wɔbɛtena wɔn asaase so dwoodwoo a obiara renhunahuna wɔn.+ 27 Sɛ miyi wɔn fi amanaman mu ba, na meboaboa wɔn ano fi wɔn atamfo nsaase so+ a, mɛtew me din ho wɔ wɔn mu ama aman pii ahu.’+
28 “‘Sɛ mitu wɔn kɔ aman foforo so, na mesan kɔfa wɔn ba wɔn asaase so na mannyaw obiara wɔ hɔ a,+ wobehu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. 29 Merenyi m’ani mfi wɔn so bio,+ efisɛ mehwie me honhom agu Israel fi so,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
40 Bere a kurow no sɛee a wotuu yɛn fii yɛn asaase so no, mfe 14 akyi na Yehowa honhom* baa me so na ɔde me kɔɔ kurow no mu wɔ afe a ɛto so 25 no mfiase, bosome a edi kan no da a ɛto so du pɛpɛɛpɛ.+ 2 Onyankopɔn nam anisoadehu so de me kɔɔ Israel asaase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw tenten bi so.+ Na mihuu biribi te sɛ kurow wɔ bepɔw no so wɔ anaafo fam.
3 Bere a ɔde me kɔɔ hɔ no, mihuu ɔbarima bi a ne ho te sɛ kɔbere.+ Ná okura hama* ne demmire* a wɔde susuw ade.+ Ná ogyina ɔkwan no ano. 4 Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, bue w’ani hwɛ na fa w’aso tie no yiye, na biribiara a mɛkyerɛ wo no, hwɛ no yiye, efisɛ ɛno nti na wɔde wo baa ha. Ka nea wubehu biara kyerɛ Israel fi.”+
5 Mihui sɛ ɔfasu atwa asɔrefi* no ho ahyia. Ná ɔbarima no kura demmire a wɔde susuw ade, na na ne tenten bɛyɛ basafa asia (basafa biara, wosusuw nsayam* ka ho).* Ofii ase susuw ɔfasu no. Ná ne pipiripi yɛ demmire baako, na ne tenten nso yɛ demmire baako.
6 Afei ɔbaa ɔponkɛse a anim kyerɛ apuei fam no+ ho, na ɔforoo ne stɛps no. Bere a osusuw ɔkwan a ɛda ɔponkɛse no anim no, na ne tɛtrɛtɛ yɛ demmire baako, na ɔkwan a ɛda ɔponkɛse no fã noho nso yɛ demmire baako. 7 Ná awɛmfo pia biara tenten yɛ demmire baako, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ demmire baako. Ɔkwan a ɛda awɛmfo mpia no ntam yɛ basafa anum.+ Ɔponkɛse a ɛbɛn abrannaa a anim kyerɛ asɔrefi no mu no, ɔkwan a ɛda anim no yɛ demmire baako.
8 Bere a osusuw ɔponkɛse no abrannaa no de rekɔ ɔdan no mu no, na ɛyɛ demmire baako. 9 Afei osusuw ɔponkɛse no abrannaa no. Ná ɛyɛ basafa awotwe. Osusuw ɛho adum no, na na ɛno nso yɛ basafa abien. Ná ɔponkɛse no abrannaa no anim kyerɛ asɔrefi no mu.
10 Ɔponkɛse a ɛwɔ apuei fam no, na awɛmfo mpia abiɛsa na ɛwɔ ɔfã biara. Ná abiɛsa no nyinaa kɛse yɛ pɛ, na na ɛho adum a ɛwɔ ɔfã biara nso kɛse yɛ pɛ.
11 Afei osusuw ɔkwan a ɛda ɔpon no ano hwɛɛ ne tɛtrɛtɛ. Ná ɛyɛ basafa 10, na ne tenten nso yɛ basafa 13.
12 Ban a wɔde agye awɛmfo mpia no ho no, na anim ne akyi nyinaa yɛ basafa baako. Awɛmfo mpia a ɛwɔ ɔfã biara no, na ebiara yɛ basafa asia.
13 Afei osusuw ɔpon no fii awɛmfo pia baako atifi kosii foforo atifi. Ná ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. Ná akwan a ɛda apon no ano no di nhwɛanim.+ 14 Osusuw adum no. Ná ne tenten yɛ basafa 60, na osusuw adiwo hɔ aponkɛse no ho adum nyinaa. 15 Efi ɔponkɛse no ano kosi abrannaa no ano wɔ ɔfã noho yɛ basafa 50.
16 Ná mfɛnsere a aka apua+ wowɔ awɛmfo mpia ne adum no ho wɔ ɔfã biara. Abrannaa no mu nso, na mfɛnsere wowɔ ɔfã biara. Ná mmedua mfoni+ wɔ adum no biara ho.
17 Afei ɔde me baa akyi hɔ adiwo hɔ, na mihuu adidibea,+ na na wɔahyehyɛ abo wɔ fam wɔ adiwo hɔ. Ná adidibea 30 na ɛwɔ hɔ. 18 Wɔahyehyɛ abo wɔ fam wɔ aponkɛse no nkyɛn ma ɛne apon no tenten yɛ pɛ. Ɛhɔ wɔ fam sen adiwo a ɛwɔ mfinimfini no.
19 Na osusuw fii ɔponkɛse no ano kosii adiwo a ɛwɔ mfinimfini no anim. Apuei fam ne atifi fam nyinaa, na ɛyɛ basafa 100.
20 Ɔpon da adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no ano; ná anim kyerɛ atifi fam. Osusuw ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ. 21 Ná awɛmfo mpia abiɛsa wɔ ɔfã biara. Bere a osusuw ɛho adum ne n’abrannaa no, na ɛte sɛ ɔpon a edi kan no de. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 22 Ne mfɛnsere, n’abrannaa, ne ne mmedua a wɔayɛ wɔ ho+ no kɛse te sɛ nea ɛwɔ ɔpon a anim kyerɛ apuei fam no ho. Sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wɔkɔ hɔ a, wɔfa stɛps ason so na ɛkɔ, na abrannaa wɔ anim.
23 Ná ɔpon da adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ no ano. Ɛne ɔponkɛse a ɛwɔ atifi fam ne apuei fam no di nhwɛanim. Osusuw fii ɔpon baako ano kɔɔ foforo ano, na na ɛyɛ basafa 100.
24 Ɛno akyi no, ɔde me baa anaafo fam, na mihuu ɔpon bi a ɛwɔ anaafo.+ Osusuw ɛho adum ne abrannaa no, na na ne nyinaa kɛse te sɛ nea midii kan hui no. 25 Ná mfɛnsere wowɔ ɛne n’abrannaa no fã biara te sɛ mfɛnsere a aka no. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 26 Wɔforo stɛps ason na ɛkɔ hɔ,+ na abrannaa wɔ anim. Wɔayeyɛ mmedua mfoni wɔ n’adum no ho, baako wɔ ha na baako wɔ ha.
27 Ná ɔponkɛse bi wɔ adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ no, na na anim kyerɛ anaafo fam. Na osusuw kɔɔ anaafo fam, ɔde fii ɔpon baako ano kosii ɔpon foforo ano; ná ɛyɛ basafa 100. 28 Ɛno akyi no, ɔde me faa ɔponkɛse a ɛwɔ anaafo fam no mu kɔɔ adiwo a ɛwɔ mfinimfini no. Bere a osusuw ɔponkɛse a ɛwɔ anaafo fam no, na ɛne aponkɛse a aka no nyinaa kɛse yɛ pɛ. 29 Bere a wosusuw n’awɛmfo mpia, ne ɛho adum ne n’abrannaa no, na ne kɛse te sɛ nea aka no ara. Mfɛnsere wowɔ ne fã biara, na abrannaa wɔ anim. Ná ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25.+ 30 Ná abrannaa wɔ ho nyinaa; ne tenten yɛ basafa 25 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 5. 31 N’abrannaa no, na anim kyerɛ adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no, na wɔayeyɛ mmedua mfoni wɔ n’adum no ho.+ Ná wɔfa stɛps awotwe so na ɛkɔ hɔ.+
32 Ɔde me faa apuei fam kɔɔ adiwo a ɛwɔ mfinimfini no. Na osusuw pon no, na na ne kɛse te sɛ apon a aka no ara. 33 Awɛmfo mpia a ɛwɔ hɔ no, adum no, ne abrannaa no kɛse te sɛ nea aka no ara. Ná mfɛnsere wowɔ ɛne n’abrannaa no fã biara te sɛ mfɛnsere a aka no. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 34 Abrannaa no, na anim kyerɛ adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no, na wɔayeyɛ mmedua mfoni wɔ n’adum abien no ho. Ná wɔfa stɛps awotwe so na ɛkɔ hɔ.
35 Afei ɔde me baa ɔponkɛse a ɛwɔ atifi fam no ano,+ na osusuwii no, na ɛne nea aka no nyinaa kɛse yɛ pɛ. 36 Awɛmfo mpia, adum no, ne abrannaa no kɛse te sɛ nea aka no ara. Ná mfɛnsere wowɔ ɔfã biara. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 37 N’adum anim kyerɛ akyi hɔ adiwo hɔ, na wɔayeyɛ mmedua mfoni wɔ n’adum abien no ho. Ná wɔfa stɛps awotwe so na ɛkɔ hɔ.
38 Ná adidibea a ɔpon da ano bɛn aponkɛse no adum no. Ɛhɔ na na wɔhohoro nneɛma a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no ho.+
39 Ɔponkɛse no abrannaa so no, na apon abien si ɔfã ha, ɛnna abien nso si ɔfã ha. Ɛso na na wokum mmoa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre+ ne bɔne ho afɔre+ ne afodi afɔre+ no. 40 Ná apon abien sisi ɔkwan a wɔfa so kɔ ɔponkɛse a ɛwɔ atifi fam no ano. Ɔponkɛse no abrannaa no fã foforo nso, na apon abien sisi hɔ. 41 Ná apon awotwe sisi ɔponkɛse no ho—anan wɔ ɔfã ha, na anan nso wɔ ɔfã ha. Ɛso na na wokum mmoa a wɔde bɔ afɔre no. 42 Abo a wɔasen na wɔde yɛɛ apon anan a na wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no. Ebiara tenten yɛ basafa baako ne fã, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fã, na efi soro besi fam yɛ basafa baako. Nneɛma a wɔde kum mmoa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre ne afɔre a aka no, ɛso na na wɔde gu. 43 Ná ade a wɔde nneɛma sensɛn so bobɔ dan no ho nyinaa, na na ebiara tenten yɛ nsayam baako; apon no so na na wɔde mmoa a wɔde bɔ akyɛde afɔre no nam gu.
44 Ɔponkɛse a ɛwɔ ofi no mu no, na nnwontofo adidibea wowɔ nkyɛn.+ Ná ɛwɔ adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ wɔ ɔponkɛse a ɛwɔ atifi fam no nkyɛn, na na anim kyerɛ anaafo fam. Ná adidibea foforo nso wɔ ɔponkɛse a ɛwɔ apuei fam no ho, na anim kyerɛ atifi fam.
45 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Adidibea a anim kyerɛ anaafo fam yi yɛ asɔfo a asɔrefi hɔ adwuma hyɛ wɔn nsa no dea.+ 46 Adidibea a anim kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfo a afɔremuka no ho adwuma hyɛ wɔn nsa no dea.+ Wɔyɛ Sadok mma+ a wofi Lewi abusua mu. Wɔn na wɔmaa wɔn adwuma sɛ wɔmmra Yehowa anim mmɛsom.”+
47 Ɛnna osusuw adiwo a ɛwɔ mfinimfini no. Ná ne tenten yɛ basafa 100, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 100; n’afã anan nyinaa yɛ pɛ. Ná afɔremuka no si asɔrefi no anim.
48 Afei ɔde me baa asɔrefi no abrannaa so, na osusuw abrannaa no dum no, na na ɔfã baako yɛ basafa anum, ɛnna ɔfã baako nso yɛ basafa anum. Ná ɔponkɛse no tɛtrɛtɛ yɛ basafa abiɛsa wɔ ɔfã baako, na ɔfã baako nso yɛ basafa abiɛsa.
49 Abrannaa no tenten yɛ basafa 20, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 11.* Wɔforo stɛps na ɛkɔ hɔ, na adum foforo sisi adum no ho, baako wɔ ha, na baako nso wɔ ha.+
41 Afei ɔde me baa kronkronbea* hɔ, na osusuw ɛho adum no. Ná ɔfã baako tɛtrɛtɛ yɛ basafa* asia, na ɔfã baako nso tɛtrɛtɛ yɛ basafa asia. 2 Ná ɔkwan a ɛda ano no tɛtrɛtɛ yɛ basafa du, na adum a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no yɛ basafa anum wɔ ɔfã ha, ɛnna basafa anum nso wɔ ɔfã ha. Osusuw ɔdan no tenten, na na ɛyɛ basafa 40, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 20.
3 Afei ɔkɔɔ mu* kosusuw ɔkwan no ano adum no; ná ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa abien; ɔkwan no nso, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa asia, na ɔkwan no ano adum no tɛtrɛtɛ yɛ basafa ason. 4 Afei osusuw ɔdan a ne kwan hwɛ kronkronbea no; ná ne tenten yɛ basafa 20, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20.+ Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne Kronkron Mu Kronkronbea no.”+
5 Ɛnna osusuw asɔredan no fasu, na na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa asia. Nkyɛnmu mpia no, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anan.+ 6 Ná nkyɛnmu mpia no yɛ abansoro a ɛtoa so abiɛsa; ɔfã biara, mpia 30 na ɛwɔ hɔ. Ná wɔayeyɛ biribi ahyehyɛ ɔdan no mu a ekurakura mpia no, nanso na empue.+ 7 Akwan* abien na wɔfa so foro kɔ mpia no mu; baako wɔ asɔredan no fã ha na baako nso wɔ ɔfã noho. Akwan no nwonwan;+ ase hɔ mpia no mu na efi kɔfa mfinimfini de no mu kɔ soro, na ɛrekɔ soro nyinaa na emu retrɛw.
8 Mihui sɛ bamma bi atwa asɔredan no ho nyinaa ahyia. Nkyɛnmu mpia no fapem, efi fam kosi ne ntwea so yɛ demmire baako, kyerɛ sɛ, basafa asia. 9 Ɔfasu a ɛwɔ nkyɛnmu mpia no akyi tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum, na na ɔkwan* da asɔredan no nkyɛnmu mpia ho a ɛka dan no ho.
10 Ɔkwan a ɛdeda asɔredan no ne adidibea no ntam no+ yɛ basafa 20 wɔ ɔfã biara. 11 Efi nkyɛnmu mpia no so besi baabi a wɔagyaw ato hɔ no, apon ano kwan da hɔ; baako hwɛ atifi fam na baako hwɛ anaafo fam. Baabi a wɔagyaw ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum, na etwa ɔdan no ho hyia.
12 Ɔdan a ɛwɔ atɔe fam a ɛhwɛ baabi a wɔagyaw ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa 70, na ne tenten yɛ basafa 90. Ɔdan no fasu pipiripi yɛ basafa anum wɔ baabiara.
13 Osusuw asɔredan no; ná ne tenten yɛ basafa 100. Baabi a wɔagyaw ato hɔ no ne ɔdan no* ne n’afasu no nso tenten yɛ basafa 100. 14 Asɔredan no anim a ɛhwɛ apuei fam ne baabi a wɔagyaw ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa 100.
15 Osusuw ɔdan no akyi, nea ɛhwɛ baabi a wɔagyaw ato hɔ no ne n’abrannaa a ɛwɔ ɔfã ha ne ɔfã ha no; ná ne tenten yɛ basafa 100.
Afei osusuw Kronkronbea no, Kronkron Mu Kronkronbea no,+ ne adiwo hɔ abrannaa no nyinaa, 16 ɛne apon no ano kwan, mfɛnsere a aka apua,+ ne abrannaa a ɛwowɔ mmeae abiɛsa no nyinaa. Ná wɔde nnua asɛm ɔpon no ano nyinaa ahyia,+ efi fam kɔpem mfɛnsere no ano, na na wɔde ade agye mfɛnsere no ho. 17 Osusuw ɔpon no atifi, asɔredan no mu ne akyi, ne ɔdan no ho nyinaa hyiae. 18 Ná wɔayeyɛ kerubim+ ne mmedua agu dan no ho nyinaa,+ na abedua baako wɔ kerubim abien biara ntam; kerubim no biara wɔ anim abien. 19 Ná anim a ɛyɛ onipa anim no kyerɛ abedua no fã ha, ɛnna anim a ɛyɛ gyata* anim no kyerɛ abedua no fã ha;+ wɔayeyɛ wɔ asɔredan no mu nyinaa. 20 Ná wɔayeyɛ kerubim ne mmedua wɔ asɔredan no ho, efi fam kɔpem ɔpon no atifi.
21 Asɔredan no apongua* no afã anan nyinaa yɛ pɛ.+ Ná biribi wɔ kronkronbea* no anim te sɛ 22 afɔremuka a wɔde dua ayɛ,+ na efi soro besi fam yɛ basafa abiɛsa, na ne tenten yɛ basafa abien. Ɛwɔ adum wɔ ne ntwea so, na wɔde dua ayeyɛ ase* ne ne nkyɛnmu nyinaa. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne ɔpon a esi Yehowa anim no.”+
23 Asɔredan no Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no, apon abien na na ɛda ebiara ano.+ 24 Apon a ɛda ano no mu biara bɔ ho abien, na etumi bue kɔ anim ne akyi. 25 Ná wɔayeyɛ kerubim ne mmedua agu asɔredan no apon ho, te sɛ nea wɔayɛ wɔ ɔdan no ho no.+ Afei nso, na wɔabobɔ nnua* akata abrannaa a ɛwɔ akyi hɔ no atifi. 26 Ná mfɛnsere a aka apua+ nso wowɔ abrannaa no ho, na na wɔayeyɛ mmedua agu abrannaa no ho wɔ ɔfã ha ne ɔfã ha. Ná wɔayeyɛ bi nso agu asɔredan no nkyɛnmu mpia ne abrannaa no akyi nkataso no ho.
42 Afei ɔde me fii adi kɔɔ adiwo a ɛkyerɛ atifi fam no.+ Na ɔde me baa adidibea a ɛbɛn baabi a wɔagyaw ato hɔ no,+ ɔdan a ɛbɔ ho no atifi fam.+ 2 Ne kwan a ɛda atifi fam no tenten yɛ basafa* 100, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50. 3 Adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ no yɛ basafa 20,+ na ɛno ne akyi hɔ adiwo no fã a wɔahyehyɛ abo wɔ fam no ntam na na adidibea no wɔ. Ɛhɔ abrannaa no toa so abiɛsa, na edi nhwɛanim. 4 Ná ɔkwan bi da adidibea no anim+ wɔ mfinimfini hɔ a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10, na ne tenten yɛ basafa 100,* na na ano kwan hwɛ atifi fam. 5 Adidibea a ɛwɔ soro no mu susua sen ase ne mfinimfini de no, efisɛ abrannaa a ɛda ɔdan no anim no gyee kwan a ɛwɔ hɔ no fã kɛse no ara. 6 Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na adan no toa so abiɛsa, nanso na enni adum a egyina so te sɛ adiwo hɔ de no. Ne saa nti, wɔamma ɔsoro hɔ antrɛw te sɛ ase hɔ ne mfinimfini hɔ.
7 Ɛrekɔ adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no, na wɔde abo ato ɔfasu wɔ adidibea a ɛsesa so no nkyɛn, na na ɛne adidibea a ɛsesa so wɔ noho no di nhwɛanim. Ne tenten yɛ basafa 50. 8 Adidibea a ɛbɛn akyi hɔ adiwo no tenten yɛ basafa 50, na nea ɛbɛn kronkronbea no yɛ basafa 100. 9 Sɛ obi fi akyi hɔ adiwo hɔ reba adidibea hɔ a, ɔbɛfa ɔkwan bi a ɛwɔ apuei fam so aforo aba hɔ.
10 Adiwo no fasu a ɛkyerɛ apuei fam no, sɛ wuwura mu a, na adidibea wowɔ mu. Ná ɛbɛn baabi a wɔagyaw ato hɔ no ne ɔdan no.+ 11 Ná ɔkwan da anim te sɛ adidibea a ɛwɔ atifi fam no.+ Ná ne nyinaa tenten ne ne tɛtrɛtɛ yɛ pɛ, baabi a wɔfa pue ne ne yɛbea nyinaa yɛ pɛ. Ná akwan a 12 ɛdeda ano no te sɛ adidibea a ɛwɔ anaafo fam no. Ɔfasu a ɛbɛn hɔ wɔ apuei fam no, na ɔkwan da ano a wɔfa mu besi kwan no so.+
13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Adidibea a ɛwɔ atifi ne adidibea a ɛwɔ anaafo a ɛbɛn baabi a wɔagyaw ato hɔ+ no yɛ adidibea kronkron. Ɛhɔ na asɔfo a wɔba Yehowa anim no di ade kronkron paa no.+ Ɛhɔ nso na wɔde nneɛma kronkron paa no, nneɛma a wɔde bɔ aduan afɔre, bɔne ho afɔre, ne afodi afɔre no gu, efisɛ ɛhɔ yɛ kronkron.+ 14 Sɛ asɔfo no ba mu a, ɛnsɛ sɛ wofi Kronkronbea hɔ kɔ akyi hɔ adiwo hɔ, gye sɛ wɔayi wɔn ntaade a wɔde som no agu hɔ,+ efisɛ ɛyɛ kronkron. Sɛ wɔrekɔ baabi a ɔmanfo nyinaa tumi ba no a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntaade foforo ansa na wɔakɔ hɔ.”
15 Bere a osusuw asɔredan no mfinimfini* wiei no, ɔde me faa ɔpon a ɛhwɛ apuei fam no mu fii adi,+ na osusuw hɔ nyinaa.
16 Ɔde demmire* susuw ɔfã a ɛwɔ apuei fam no. Bere a osusuwii no, na efi ti kosi ti yɛ demmire 500.
17 Ɔde demmire susuw atifi fam, na onyaa 500.
18 Osusuw anaafo fam, na onyaa 500.
19 Afei ɔkɔɔ atɔe fam de demmire kosusuwii, na onyaa 500.
20 Osusuw afã anan no nyinaa, na na ɔfasu atwa ho nyinaa ahyia;+ ne tenten yɛ demmire 500, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ demmire 500.+ Ná ɔfasu no akyɛ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron ne baabi a obiara tumi kɔ no mu.+
43 Afei ɔde me kɔɔ ɔpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano.+ 2 Ɛhɔ na mihui sɛ Israel Nyankopɔn anuonyam fi apuei fam reba.+ Ná ne nne te sɛ nsu pii a ɛreworo so,+ na n’anuonyam maa asaase hyerɛnee.+ 3 Nea mihui no, na ɛte sɛ ade a mihuu no m’ani so bere a mebae sɛ merebɛsɛe* kurow no, na na ɛte sɛ nea mihui wɔ Asubɔnten Kebar ho+ no; ɛnna mede m’anim butuw fam.
4 Afei Yehowa anuonyam faa ɔpon a ɛkyerɛ apuei fam no mu baa asɔrefi* hɔ.+ 5 Ɛnna honhom bi maa me so baa adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ no, na mihui sɛ Yehowa anuonyam ahyɛ asɔrefi hɔ ma.+ 6 Afei metee sɛ obi a ɔwɔ asɔrefi hɔ ne me rekasa, na ɔbarima no begyinaa me nkyɛn.+ 7 Ɔka kyerɛɛ me sɛ:
“Onipa ba, ɛha na m’ahengua si+ na ɛha na me nan sisi;+ mɛtena Israelfo mu akosi daa.+ Israel fi ne wɔn ahemfo renkɔ so mfa wɔn aguamammɔ* ne wɔn ahemfo a wɔawuwu no afunu ngu me din kronkron no ho fĩ.+ 8 Wosii wɔn pon wɔ me pon ho na wɔde wɔn apongua sii m’apongua nkyɛn de yɛɛ akyiwade guu me din kronkron no ho fĩ; ɔfasu kɛkɛ na na etwa me ne wɔn ntam.+ Enti mede abufuw sɛee wɔn pasaa.+ 9 Afei ma wonyi wɔn aguamammɔ ne wɔn ahemfo afunu no mfi me nkyɛn nkɔ akyirikyiri, na mɛtena wɔn mu daa.+
10 “Na wo, onipa ba, ka asɔrefi no ho asɛm kyerɛ Israel fi+ na wɔn ani nwu wɔn bɔne ho,+ na wɔnhwɛ sɛnea ɔdan no plan te na wonhu no yiye.* 11 Sɛ nea wɔayɛ no nyinaa ma wɔn ani wu a, fa asɔrefi no plan, ɛho nhyehyɛe, n’akwan a wɔde fi adi, ne n’akwan a wɔde ba mu no kyerɛ wɔn.+ Fa ne plan nyinaa, ɛho ahyɛde ne ɛho mmara kyerɛ wɔn, na kyerɛw wɔ wɔn anim, na wonhu ne plan, na wonni ɛho ahyɛde so.+ 12 Eyi ne asɔrefi no ho mmara. Bepɔw no so nsaase nyinaa yɛ ade kronkron paa.+ Hwɛ, eyi ne asɔrefi no ho mmara.
13 “Sɛnea wɔasusuw afɔremuka no wɔ basafa mu ni+ (basafa biara, nsayam* baako da so).* Ase no tenten yɛ basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. Anoano a atwa ho ahyia no bɛyɛ nsayam abiɛsa. Saa na afɔremuka no ase te. 14 Efi ase hɔ kosi mfomfamho a ɛwɔ fam no yɛ basafa abien, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. Efi mfomfamho ketewa no so kosi mfomfamho kɛse no so yɛ basafa anan, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. 15 Afɔremuka no so beae a wɔsɔ gya no tenten yɛ basafa anan, na mmɛn anan sisi afɔremuka no so.+ 16 Beae a wɔsɔ gya no wɔ afã anan, ne tenten yɛ basafa 12, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 12.+ 17 Mfomfamho kɛse no wɔ afã anan, na ɔfã biara tenten yɛ basafa 14, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 14. Nea wɔde atoto ano ahyia no yɛ basafa fã, na ase no nyinaa yɛ basafa baako.
“Ne stɛps hwɛ apuei fam.”
18 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Sɛ wɔyɛ afɔremuka sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre na wɔmfa mogya mpete so a, eyi ne ɛho akwankyerɛ.’+
19 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Fa nantwinini kumaa baako ma Lewifo asɔfo a wɔyɛ Sadok asefo a wɔba m’anim bɛsom me no, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔre.+ 20 Fa ne mogya no bi sosɔ mmɛn anan no ne mfomfamho kɛse no ntwea anan ne nea wɔde atoto ano ahyia no so, na dwira ho na pata ma no.+ 21 Afei fa nantwinini kumaa a wɔde rebɔ bɔne ho afɔre no na kɔhyew wɔ kronkronbea no akyi,+ baabi a wɔapaw wɔ asɔrefi hɔ no. 22 Da a ɛto so abien no, fa ɔpapo a dɛm nni ne ho bɛbɔ bɔne ho afɔre, na ennwira afɔremuka no ho mfi bɔne ho sɛnea wɔde nantwinini kumaa no dwiraa ho no.’
23 “‘Sɛ wudwira ho wie a, wode nantwinini kumaa a dɛm nni ne ho ne odwennini a dɛm nni ne ho bɛba. 24 Wode bɛba Yehowa anim, na asɔfo no de nkyene apete so+ na wɔde abɔ ɔhyew afɔre ama Yehowa. 25 Da biara wode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔre nnanson,+ na wode nantwinini kumaa ne odwennini nso bɛbɔ afɔre; ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmoa a dɛm biara nni wɔn ho.* 26 Wɔbɛpata ama afɔremuka no nnanson, na wɔbɛtew ho ayɛ no krado. 27 Sɛ saa nna no ba awiei a, efi da a ɛto so awotwe+ rekɔ no, asɔfo no bɛbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ama mo;* na m’ani begye mo ho,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
44 Ɔsan de me baa asɔrefi no ponkɛse a ɛhwɛ apuei fam no+ ho, nanso na wɔato mu.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Ɔpon yi, wɔato mu afebɔɔ. Wɔremmue, na ɔdasani biara remfa mu, efisɛ Israel Nyankopɔn Yehowa afa mu,+ enti wɔato mu afebɔɔ. 3 Na obirɛmpɔn no de, obirɛmpɔn a ɔyɛ nti, ɔbɛtena hɔ adidi* wɔ Yehowa anim.+ Na ɔbɛfa ɔponkɛse no abrannaa kwan no so aba hɔ na wafa hɔ afi adi.”+
4 Afei ɔde me faa ɔponkɛse a ɛwɔ atifi fam no mu baa asɔrefi no anim. Bere a mehwɛe no, mihui sɛ Yehowa anuonyam ahyɛ Yehowa asɔrefi hɔ ma.+ Enti mede m’anim butuw fam.+ 5 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, Yehowa asɔrefi ho ahyɛde ne ɛho mmara a mereka akyerɛ wo yi, ma w’adwene mmra so yiye,* fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie ne nyinaa. Ɔkwan a wɔfa so ba asɔrefi hɔ ne nea wɔfa so pue fi kronkronbea hɔ nyinaa, hwɛ no yiye.+ 6 Ma Israel fi a wɔyɛ atuatewfo no aso nte sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “O Israel fi, mo akyiwade no adɔɔso. 7 Sɛ mode ahɔho a wontwaa wɔn koma twetia na wontwaa twetia ɔhonam mu ba me kronkronbea hɔ a, wogu m’asɔrefi ho fĩ. Mode m’aduan,* srade ne mogya ba bɛbɔ afɔre, bere a akyiwade a moyɛ nyinaa nti nkurɔfo bu m’apam so. 8 Moanhwɛ me nneɛma kronkron so.+ Mmom no, mode kronkronbea hɔ nnwuma no ahyehyɛ nnipa foforo nsa.”’
9 “‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Ɔhɔho biara a ɔte Israel a ontwaa ne koma twetia na ontwaa twetia ɔhonam mu no remma me kronkronbea hɔ.”’
10 “‘Na Lewifo a wɔtwee wɔn ho fii me ho+ bere a Israelfo fii m’akyi kodii wɔn abosom fĩ* akyi no bɛsoa wɔn bɔne. 11 Na wɔbɛsom wɔ me kronkronbea hɔ ahwɛ asɔrefi no aponkɛse no so+ na wɔasom wɔ asɔrefi hɔ. Wobekum mmoa a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ne afɔre foforo ama ɔman no, na wobegyina wɔn anim asom wɔn. 12 Esiane sɛ wɔsom ɔman no wɔ wɔn abosom fĩ no anim na wɔde hintidua too hɔ maa Israel fi yɛɛ bɔne nti,+ mama me nsa so atia wɔn, na wɔn bɔne ho nsunsuanso bɛba wɔn ti so,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 13 Wɔremma m’anim mmɛsom sɛ m’asɔfo, na wɔremma me nneɛma a ɛyɛ kronkron anaa nea ɛyɛ kronkron paa no biara ho, na akyiwade a wɔyɛe nti, wɔbɛsoa wɔn animguase. 14 Nanso mɛma wɔahwɛ asɔrefi hɔ ayɛ emu som adwuma nyinaa ne biribiara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ hɔ.’+
15 “‘Na Sadok mma,+ Lewi asɔfo a wɔhwɛɛ me kronkronbea hɔ bere a Israelfo twee wɔn ho fii me ho+ no de, wɔbɛba m’anim abɛsom me na wɔde srade ne mogya abɔ afɔre ama me,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 16 ‘Wɔn na wɔbɛba me kronkronbea hɔ, na wɔbɛba me pon ho abɛsom me+ na wɔabɛyɛ nnwuma a mede ama wɔn no.+
17 “‘Sɛ wɔba mfinimfini hɔ adiwo no aponkɛse ano a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ataade.+ Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ biribiara a wɔde kuntu ayɛ bere a wɔresom wɔ mfinimfini adiwo no apon ano anaa bere a wɔawura mu no. 18 Ɛsɛ sɛ wɔde nwera abotiri bɔ wɔn ti, na wɔhyɛ nwera nika* kata wɔn asen.+ Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ biribiara a ɛbɛma fifiri atew wɔn. 19 Ansa na wɔbɛkɔ ɔmanfo no mu wɔ akyi hɔ adiwo hɔ no, wonyi wɔn ntaade a wɔde somee no+ ngu adidibea kronkron no mu+ na wɔnhyɛ ntaade foforo, na wɔn ntaade no amma ɔmanfo no anyɛ kronkron.* 20 Ɛnsɛ sɛ wɔwerɛw wɔn ti ho,+ na ɛnsɛ sɛ wogyaw gu so kuhaa. Mmom ɛsɛ sɛ wotwitwa so. 21 Sɛ asɔfo no kɔsom wɔ adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã.*+ 22 Ɛnsɛ sɛ wɔware ɔbea kunafo anaa ɔbea a ne kunu agyaa no;+ mmom wɔnware Israel fi baabun anaa okunafo a na ne kunu yɛ ɔsɔfo.’+
23 “‘Wɔnkyerɛ me man nsonsonoe a ɛda nea ɛyɛ kronkron ne nea ɛnyɛ kronkron ntam; na wɔmma wonhu nsonsonoe a ɛda nea ɛho tew ne nea ɛho ntew ntam.+ 24 Sɛ asɛm bi sɔre a, wɔntena so mmu atɛn;+ m’atemmusɛm so na wonnyina mmu atɛn.+ Wonni m’afahyɛ nyinaa ho mmara ne ahyɛde no so+ na wɔnyɛ me home nna kronkron. 25 Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ ɔdasani biara funu ho, anyɛ saa a wɔn ho begu fĩ. Nanso wɔn papa, wɔn maame, wɔn babarima, wɔn babea, wɔn nuabarima, anaa wɔn nuabea a ɔnwaree de, wobetumi ama wɔn funu agu wɔn ho fĩ.+ 26 Sɛ ɔsɔfo dwira ne ho wie a, wɔnkan nnanson mma no. 27 Da a ɔbɛba abɛsom wɔ Kronkronbea hɔ, mfinimfini hɔ adiwo hɔ no, ɔmfa ne bɔne ho afɔrebɔde mmra,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
28 “‘Wɔn agyapade ni: Mene wɔn agyapade.+ Mommma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel, efisɛ mene wɔn kyɛfa. 29 Aduan afɔre,+ bɔne ho afɔre, ne afodi afɔre no,+ wɔn na wobedi. Na biribiara a wɔahyira so wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea.+ 30 Aba nyinaa mu nea ebedi kan asow ne mo ntoboa nyinaa mu no, momfa nea edi mu mma asɔfo no.+ Momfa esiam a edi kan mma ɔsɔfo,+ na ama nhyira atena mo fi.+ 31 Ɛnsɛ sɛ asɔfo we anomaa anaa aboa funu biara anaa aboa biara a wɔatetew ne mu.’+
45 “‘Sɛ morekyɛ asaase no sɛ mo agyapade a,+ muntwa bi mfa nyɛ ntoboa mma Yehowa; saa asaase no bɛyɛ kronkron.+ Ne tenten nyɛ basafa* 25,000, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 10,000.+ Asaase no nyinaa bɛyɛ kronkron.* 2 Ebi na mubetwa ama Kronkronbea no; saa asaase yi, momma ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyinaa nyɛ basafa 500*+—momma afã anan no nyinaa nyɛ pɛ. Na asaase a mmoa bedidi so bɛyɛ basafa 50 wɔ ɔfã biara.+ 3 Munsusuw asaase a ne tenten yɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10,000 wɔ asaase no so, na ɛhɔ na wɔde asɔrefi no besi; ɛbɛyɛ ade kronkron paa. 4 Ɛbɛyɛ beae kronkron wɔ asaase no so ama asɔfo+ a wɔba Yehowa anim bɛsom wɔ kronkronbea hɔ no.+ Ɛhɔ na wobesisi wɔn adan, na ɛbɛyɛ beae kronkron ama asɔrefi no.
5 “‘Lewifo a wɔsom wɔ asɔrefi hɔ no, wɔbɛma wɔn asaase a ne tenten yɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10,000.+ Na wobenya adidibea 20.+
6 “‘Muntwa kurow no asaase a ne tenten yɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 5,000 nto hɔ (ma ɛne ntoboa kronkron no tenten nyɛ pɛ).+ Ɛbɛyɛ Israel fi nyinaa dea.
7 “‘Na obirɛmpɔn no asaase bɛda ntoboa kronkron no ne kurow no asaase benkum ne ne nifa so. Ɛbɛda ntoboa kronkron no ne kurow no asaase nkyɛn. Baako bɛda atɔe fam na baako ada apuei fam. Efi n’asaase no atɔe fam hye so rekɔ apuei fam hye so no, ne tenten ne abusuakuw baako asaase a wɔatwa ama wɔn no tenten bɛyɛ pɛ.+ 8 Asaase yi bɛyɛ n’agyapade wɔ Israel. Na m’abirɛmpɔn rentan me man ani bio,+ na wɔde asaase no bɛma Israel fi sɛnea wɔn mmusua te.’+
9 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Ayɛ yiye, Israel abirɛmpɔn!’
“‘Munnyae atirimɔdensɛm ne nhyɛso no, na mummu atɛntrenee nni asɛntrenee.+ Me man agyapade a muhwim fi wɔn nsam no, munnyae,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 10 ‘Sɛ mode nsenia,* efa susude,* ne bat susuhina* resusuw ade a, munsusuw no pɛpɛɛpɛ.+ 11 Ɛsɛ sɛ efa susude ne bat susuhina yɛ baako. Bat du na ɛbɛkɔ homar* baako mu, na efa du na ɛbɛkɔ homar baako mu. Homar na wobegyina so asusuw ade. 12 Dwetɛbona*+ baako bɛyɛ gerah* 20. Na nnwetɛbona 20 ne nnwetɛbona 25 ne nnwetɛbona 15 na ɛbɛka abom ayɛ mane* baako ama mo.’
13 “‘Eyi ne ntoboa a momfa mmra: hwiit homar baako biara, momfa efa nkyem asia mu baako mfi mu, na baali* homar baako biara nso, momfa efa nkyem asia mu baako mfi mu. 14 Ngo no nso, momfa bat susuhina nsusuw. Bat yɛ kor* nkyem du mu baako. Na bat du na ɛwɔ homar baako mu, efisɛ bat du na ɛka bom yɛ homar baako. 15 Israel nguan 200 biara, munyi oguan baako mfi mu mfa mmra. Wɔmfa saa nneɛma yi nyinaa mmɔ aduan afɔre+ ne ɔhyew afɔre+ ne asomdwoe afɔre,+ na wɔmfa mpata mma ɔman no,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
16 “‘Asaase no sofo nyinaa de ntoboa+ yi bɛma Israel obirɛmpɔn no. 17 Sɛ Israel fi redi afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa Homeda+ biara anaa nnapɔnna biara+ a, obirɛmpɔn no na ɔde ɔhyew afɔre+ ne aduan afɔre+ ne nsã afɔre ho nneɛma bɛba.+ Ɔno na ɔde bɔne ho afɔre, aduan afɔre, ɔhyew afɔre, ne asomdwoe afɔre ho nneɛma bɛba ma wɔde apata ama Israel fi.’
18 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Bosome a edi kan no da a edi kan no, fa nantwinini kumaa a dɛm nni ne ho dwira kronkronbea no ho.+ 19 Ɔsɔfo no de aboa a wɔde rebɔ bɔne ho afɔre no mogya no bi bɛyɛ asɔrefi no apongua ho,+ afɔremuka no mfomfamho no ntwea anan no so, ne mfinimfini hɔ adiwo pon no ho. 20 Bosome no da a ɛto so ason no, saa ara na wobɛyɛ, efisɛ ebia na obi adi mfomso bere a n’ani nna ne ho so+ anaasɛ onnim mpo sɛ wadi mfomso; afei mompata mma asɔrefi no.+
21 “‘Bosome a edi kan no da a ɛto so 14 no, mubedi Twam Afahyɛ no.+ Momfa nnanson nni paanoo a mmɔkaw* nnim no.+ 22 Saa da no, obirɛmpɔn no de nantwinini kumaa bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔre ama ɔne ɔman no nyinaa.+ 23 Nnanson a wɔde bedi afahyɛ no nyinaa mu no, da biara ɔde anantwinini nkumaa ason ne adwennini ason a dɛm nni wɔn ho bɛba ma wɔde abɔ ɔhyew afɔre ama Yehowa nnanson;+ wɔde ɔpapo nso bɛbɔ bɔne ho afɔre da biara. 24 Nantwinini kumaa biara, ɔmfa aduan efa baako nka ho, na odwennini biara nso, ɔmfa efa baako nka ho mmɔ aduan afɔre, na aduan efa biara nso ɔmfa ngo hin* baako nka ho.
25 “‘Bosome a ɛto so ason no da a ɛto so 15, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ saa ara nnanson,+ na ɔmfa afɔrebɔde no ara bi mmra; nea wɔde bɔ bɔne ho afɔre, ɔhyew afɔre, aduan afɔre, ne ngo no.’”
46 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Mfinimfini hɔ adiwo no ponkɛse a ani kyerɛ apuei no,+ wɔnto mu+ nnansia a wɔde yɛ adwuma no nyinaa,+ nanso sɛ edu Homeda anaa ɔsram foforo a, wommue. 2 Obirɛmpɔn no mfi abɔnten mfa ɔponkɛse no abrannaa kwan no so+ mmegyina apongua no ano. Asɔfo no mmɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre mma no, na ɔmmɔ ne mu ase wɔ ɔpon no ano na omfi adi. Nanso wɔrento ɔpon no mu kosi anwummere. 3 Sɛ edu Homeda ne ɔsram foforo+ a, ɔman no* nso mmɛbɔ wɔn mu ase Yehowa anim wɔ ɔpon no ano.
4 “‘Edu Homeda a, obirɛmpɔn no mfa adwennini nkumaa asia a dɛm nni wɔn ho ne odwennini a dɛm nni ne ho+ mmɛbɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa. 5 Aduan afɔre nso, ɔmfa aduan efa* baako nka odwennini no ho; adwennini nkumaa no de, ɔmfa aduan a ne nsa bɛso so nka ho, na aduan efa biara nso, ɔmfa ngo hin* baako nka ho.+ 6 Ɔsram foforo du a, ɔmfa nantwinini kumaa, adwennini nkumaa asia, ne odwennini mmra; ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmoa a dɛm biara nni wɔn ho.+ 7 Ɔmfa aduan efa baako nka nantwinini kumaa no ho na ɔmfa efa baako nso nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre, na adwennini nkumaa no de, ɔmfa aduan a ne nsa bɛso so nka ho. Aduan efa baako biara nso, ɔmfa ngo hin baako nka ho.
8 “‘Sɛ obirɛmpɔn no reba mu a, ɔmfa ɔponkɛse no abrannaa so mmra, na sɛ ɔrefi adi nso a, ɔmfa hɔ ara nkɔ.+ 9 Na sɛ ɔman no reba Yehowa anim wɔ afahyɛ mmere no mu+ abɛsom a, nea ɔbɛfa atifi fam ponkɛse no mu+ aba no mfa anaafo fam ponkɛse no mu+ mfi adi; na nea ɔbɛfa anaafo fam pon no mu aba no mfa atifi fam pon no mu mfi adi. Obiara nnsan n’akyi nnkɔfa ɔpon a ɔfaa mu bae no mu mmfi adi; ɔmfa ɔpon a ɛda n’anim no mu nkɔ. 10 Obirɛmpɔn a ɔka wɔn ho no, sɛ wɔreba mu a, ɔne wɔn mmra, na sɛ wɔrefi adi a, ɔnka wɔn ho nkɔ. 11 Sɛ edu afahyɛ bere anaa nnapɔnna a, eyinom na wɔmfa mmɔ aduan afɔre: Ɔmfa aduan efa baako nka nantwinini kumaa no ho, na ɔmfa efa baako nso nka odwennini no ho, na adwennini nkumaa no de, ɔmfa aduan a ne nsa bɛso so nka ho, na aduan efa biara nso, ɔmfa ngo hin baako nka ho.+
12 “‘Sɛ obirɛmpɔn no de ɔhyew afɔrebɔde+ anaa asomdwoe afɔrebɔde bɛbɔ ayamye afɔre ma Yehowa a, wommue ɔponkɛse a ɛkyerɛ apuei fam no mma no, na ɔmfa nea ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmra sɛnea ɔyɛ Homeda no.+ Na sɛ ofi adi a, wɔnto ɔpon no mu.+
13 “‘Fa odwennini kumaa a onni mmoroo afe a dɛm nni ne ho bra na wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa da biara.+ Fa bra anɔpa biara. 14 Fa eyinom ka mmoa no ho na wɔmfa mmɔ aduan afɔre anɔpa biara: Aduan efa nkyem asia mu baako ne ngo hin nkyem abiɛsa mu baako a wɔde begugu esiam muhumuhu no so. Wɔde bɛbɔ aduan afɔre ama Yehowa bere nyinaa. Eyi yɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa. 15 Wɔmfa odwennini kumaa no ne aduan afɔrebɔde ne ngo no mmra anɔpa biara mmɛbɔ ɔhyew afɔre daa.’
16 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Sɛ obirɛmpɔn no de agyapade bi kyɛ ne mma no mu biara a, ɛbɛyɛ ne mma no agyapade. Ɛyɛ wɔn kyɛfa. 17 Na sɛ ɔde n’agyapade bi ma n’akoa a, ɛbɛyɛ ne de akosi Ahofadi Afe no,+ na ɛbɛsan abedi obirɛmpɔn no nsam. Ne mma nkutoo na sɛ n’agyapade kodi wɔn nsam a, ɛbɛyɛ wɔn de afebɔɔ. 18 Ɛnsɛ sɛ obirɛmpɔn no pam ɔmanfo no mu biara fi n’agyapade so na ɔfa yɛ ne de. N’ankasa agyapade na ɛsɛ sɛ ɔde ma ne mma. Ɛno remma me man nhwete mfi wɔn agyapade so.’”
19 Afei ɔde me faa ɔkwan+ a ɛda asɔfo no adidibea kronkron a ɛhwɛ atifi fam+ no ponkɛse no nkyɛn, na miduu hɔ no, mihuu beae bi wɔ akyi hɔ wɔ atɔe fam. 20 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha na asɔfo no bɛnoa afodi afɔrebɔde ne bɔne ho afɔrebɔde no, na ɛha ara na wɔbɛtõ aduan afɔrebɔde no,+ na wɔamfa biribiara ankɔ akyi hɔ adiwo hɔ amma ɔmanfo no anyɛ kronkron.”*+
21 Ɔde me fii adi baa akyi hɔ adiwo hɔ, na ɔde me baa adiwo no ntwea anan no so. Na mihuu adiwo a wɔagye ho wɔ ntwea no biara so. 22 Ná adiwo nketewa no wowɔ adiwo no ntwea anan no so; ne tenten yɛ basafa* 40 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 30. Adiwo anan no nyinaa kɛse yɛ pɛ.* 23 Ná wɔato bamma wɔ adiwo anan no nyinaa mu ahyia, na wɔayeyɛ muka a wɔnoa so ade wɔ bamma no ase. 24 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha na asɔrefi no mu asomfo noa ɔman no afɔrebɔde.”+
47 Afei ɔsan de me baa asɔrefi no kwan ano,+ na mihui sɛ ɔkwan a ɛkɔ asɔrefi hɔ no, nsu bi fi ase resen kɔ apuei fam,+ efisɛ na asɔrefi no anim kyerɛ apuei fam. Nsu no sen fii asɔrefi no ase, nifa so wɔ afɔremuka no anaafo.
2 Ɛnna ɔde me faa ɔponkɛse a ɛda atifi no kwan so puei,+ na ɔde me kɔɔ ɔkwan a ɛda akyi no so baa adiwo ponkɛse a ɛhwɛ apuei fam no ano,+ na mihui sɛ nsu resen fi nifa so.
3 Ɔbarima no de n’ani kyerɛɛ apuei fam, na ɔde susuhama a okura wɔ ne nsam no+ susuw basafa* 1,000. Ɔma misii nsu no mu, na na ɛdeda me nankɔn.
4 Ɛnna ɔsan susuw basafa 1,000, na ɔma mefaa nsu no mu, na na ɛdeda me kotodwe.
Afei osusuw basafa 1,000 bio, na ɔma mefaa mu, na na ɛdeda m’asen.
5 Bere a ɔsan susuw basafa 1,000 no, mantumi amfa mu efisɛ na ayiri adan asubɔnten; ná ɛnyɛ nsu a obi betumi afa mu atwa, gye sɛ ɔboro.
6 Obisaa me sɛ: “Onipa ba, woahu eyi?”
Na ɔma mesan nantew baa asubɔnten no ano. 7 Mesan bae no, mihui sɛ nnua pii sisi asubɔnten no ho; ebi wɔ ɔfã ha na ebi nso wɔ ɔfã ha.+ 8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsu yi resen akɔ apuei fam akɔfa Araba,*+ na ɛbɛkɔ akɔbɔ po mu. Sɛ ɛkɔbɔ po mu a,+ ɛbɛsa emu nsu yare. 9 Baabiara a asubɔnten* no bɛsen akɔ no, emu mmoa* nyinaa benya nkwa. Emu mpataa bɛdɔɔso, efisɛ nsu no bɛkɔ hɔ. Ɛbɛsa ɛpo nsu no yare na baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ benya nkwa.
10 “Mpataayifo begyinagyina ho afi En-Gedi+ akɔpem En-Eglaim, na wobenya baabi a wɔhata asau. Na mpataa ahorow nyinaa bi bɛyɛ mu ma te sɛ Ɛpo Kɛse* no mu mpataa.+
11 “Mmeae bi bɛyɛ awora ne atɛkyɛ, na ɛrennya ayaresa. Ɛbɛyɛ nkyenenkyene.+
12 “Nnua a wodi so aba nyinaa bi befifi wɔ asubɔnten no ho wɔ ɔfã ha ne ɔfã ha. N’ahaban rempo, na ɛso aba rensa. Ɛbɛsow aba foforo bosome biara, efisɛ nsu a egugu so no fi kronkronbea hɔ.+ Wobedi so aba na wɔde n’ahaban asa yare.”+
13 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Eyi ne asaase a mobɛkyɛ ama Israel mmusuakuw 12 no sɛ wɔn agyapade, na Yosef asefo benya nkyem abien.+ 14 Asaase no bɛyɛ mo agyapade, na obiara benya pɛpɛɛpɛ.* Mekaa ntam sɛ mede asaase yi bɛma mo agyanom,+ na seesei abɛyɛ mo agyapade.
15 “Asaase no hye a ɛda atifi fam ni: Efi Ɛpo Kɛse no ho kɔfa Hetlon+ kɔ Sedad,+ 16 Hamat,+ Berota,+ ne Sibraim a ɛda Damasko ne Hamat ahye ntam, na ɛkɔpem Haser-Hatikon a ɛkɔ Hauran+ hye so no. 17 Enti ɔhye no fi po no ho kɔfa Hasar-Enon+ a ɛwɔ Damasko hye so wɔ atifi fam, na ekodu Hamat+ hye so. Eyi ne atifi fam ɔhye no.
18 “Apuei fam ɔhye no da Hauran ne Damasko ntam, na ɛkɔfa Yordan ho wɔ Gilead+ ne Israel asaase no ntam. Munsusuw mfi ɔhye no so nkɔ apuei fam po* no ho. Eyi ne apuei fam ɔhye no.
19 “Anaafo fam ɔhye no fi Tamar kɔ Meribat-Kades+ nsu ho, efi Subon* no ho kɔ Ɛpo Kɛse no ho.+ Eyi ne anaafo fam ɔhye no.
20 “Atɔe fam ɔhye no da Ɛpo Kɛse no ho, efi ɔhye no so kosi Lebo-Hamat*+ ntentenso. Eyi ne atɔe fam ɔhye no.”
21 “Monkyɛ asaase yi mfa; momfa mma Israel mmusuakuw 12 no. 22 Monkyɛ asaase no mfa na momfa bi mma ahɔho a wɔabɛsoɛ mo na wɔawowo mma no; mummu wɔn sɛ Israel man mma. Wɔne mo nyinaa benya agyapade wɔ Israel mmusuakuw mu. 23 Abusuakuw a ɔhɔho bi abɛsoɛ mu no, wɔn asaase so na momma no agyapade,” Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
48 “Mmusuakuw no din ni. Efi ase fi atifi fam noho: Dan kyɛfa+ no nam Hetlon kwan so kɔfa Lebo-Hamat,*+ na ɛkɔ Hasar-Enan kɔfa Damasko hye so wɔ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn;+ n’ahye fi apuei kosi atɔe. 2 Aser kyɛfa+ toa Dan so, na n’ahye fi apuei kosi atɔe. 3 Naftali kyɛfa+ toa Aser so, na n’ahye fi apuei kosi atɔe. 4 Manase kyɛfa+ toa Naftali so, na n’ahye fi apuei kosi atɔe. 5 Efraim kyɛfa toa Manase so,+ na n’ahye fi apuei kosi atɔe. 6 Ruben kyɛfa toa Efraim so,+ na n’ahye fi apuei kosi atɔe. 7 Yuda kyɛfa toa Ruben so,+ na n’ahye fi apuei kosi atɔe. 8 Wufi Yuda asaase so a, efi apuei kosi atɔe no, asaase a mubetwa ayɛ ntoboa no, ɛsɛ sɛ ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa* 25,000,+ na ɛsɛ sɛ ne tenten ne mmusuakuw no nsaase a efi apuei kosi atɔe no yɛ pɛ. Wɔde kronkronbea no besi mfinimfini.
9 “Asaase a mubetwa ama Yehowa sɛ ntoboa no tenten bɛyɛ basafa 25,000, na ne tɛtrɛtɛ ayɛ basafa 10,000. 10 Asaase a mubetwa ayɛ ntoboa kronkron ama asɔfo no ni:+ Atifi fam bɛyɛ basafa 25,000, atɔe fam bɛyɛ basafa 10,000, apuei fam bɛyɛ 10,000; na anaafo fam ayɛ 25,000. Yehowa kronkronbea no bɛwɔ mfinimfini. 11 Ɛbɛyɛ asɔfo a wɔatew wɔn ho no dea, Sadok mma+ a wɔyɛɛ wɔn adwuma wɔ m’anim no. Eyinom na bere a Israelfo ne Lewifo no fii m’akyi no, wɔamfi m’akyi.+ 12 Wobenya asaase a wɔatwa sɛ ntoboa no bi wɔ Lewifo no nkyɛn, na ɛbɛyɛ ade kronkron paa.
13 “Lewifo no benya asaase wɔ asɔfo no de ho pɛɛ. Ne tenten bɛyɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ ayɛ basafa 10,000. (Asaase no nyinaa tenten bɛyɛ basafa 25,000, na ne tɛtrɛtɛ ayɛ basafa 10,000.) 14 Asaase no fã a ɛyɛ papa yi, ɛnsɛ sɛ wotwa bi tɔn, wɔde sesa biribi, anaa wɔdan ma obi, efisɛ ɛyɛ ade kronkron ma Yehowa.
15 “Asaase no fã a aka a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 5,000 a ɛda nea ne kɛse yɛ basafa 25,000 no ho no de, ɛbɛyɛ ɔmanfo asaase.+ Nnipa bɛtenatena hɔ na wɔde hɔ ayɛ mmoa adidibea. Na kurow no bɛda mfinimfini.+ 16 Kurow no kɛse ni: N’atifi yɛ basafa 4,500, anaafo yɛ 4,500, apuei yɛ 4,500, na atɔe yɛ 4,500. 17 Kurow no benya asaase a mmoa bedidi so: N’atifi bɛyɛ basafa 250, anaafo bɛyɛ 250, apuei bɛyɛ 250, na atɔe ayɛ 250.
18 “Asaase a ɛbɛka no ne ntoboa kronkron no tenten bɛyɛ pɛ.+ Apuei fam bɛyɛ basafa 10,000 na atɔe fam nso ayɛ 10,000. Ɛne ntoboa kronkron no nyinaa tenten bɛyɛ pɛ; na kurow no mu adwumayɛfo bedi so nnɔbae. 19 Kurow no mu adwumayɛfo a wofi Israel mmusuakuw nyinaa mu bɛyɛ asaase no so adwuma.+
20 “Asaase a mubetwa ayɛ ntoboa mũ no nyinaa no, n’afã anan no biara bɛyɛ basafa 25,000. Momfa bi nyɛ ntoboa kronkron na momfa bi nyɛ kurow no asaase.
21 “Ntoboa kronkron no ne kurow no asaase no, nea ɛbɛka akyi wɔ ɔfã ha ne ɔfã ha bɛyɛ obirɛmpɔn no dea.+ Ɛbɛtoa asaase basafa 25,000 a ɛda asaase a wotwa yɛɛ ntoboa no apuei ne n’atɔe no so. Ɛne nsaase a ɛbɛn no no bɛyɛ pɛ, na ɛbɛyɛ obirɛmpɔn no dea. Ntoboa kronkron no ne asɔrefi no kronkronbea no bɛda mfinimfini.
22 “Lewifo no asaase ne kurow no asaase bɛda obirɛmpɔn no asaase ntam. Obirɛmpɔn no asaase bɛda Yuda+ ne Benyamin asaase no ntam.
23 “Na mmusuakuw a aka no de ni: Asaase a edi hɔ fi apuei fam hye so ba atɔe fam hye so no yɛ Benyamin dea.+ 24 Simeon kyɛfa toa Benyamin so,+ na n’ahye fi apuei kosi atɔe. 25 Isakar kyɛfa+ toa Simeon so, na n’ahye fi apuei kosi atɔe. 26 Sebulon kyɛfa toa Isakar so,+ na n’ahye fi apuei kosi atɔe.+ 27 Gad kyɛfa toa Sebulon so,+ na n’ahye fi apuei kosi atɔe. 28 Gad hye a ɛwɔ anaafo fam no befi Tamar+ akosi Meribat-Kades+ nsu ho, na ɛbɛfa Subon* no ho+ akɔpem Ɛpo Kɛse* no.
29 “Eyi ne asaase a mobɛkyɛ ama Israel mmusuakuw no+ sɛ agyapade, na abusua biara benya ne kyɛfa,”+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
30 “Kurow no ho akwan ni: Kurow no atifi fam bɛyɛ basafa 4,500.+
31 “Wɔde Israel mmusuakuw no din bɛfrɛ apon no. Apon abiɛsa a ɛwɔ atifi fam no, Ruben pon baako, Yuda pon baako, Lewi nso pon baako.
32 “Kurow no apuei fam bɛyɛ basafa 4,500, na ebenya apon abiɛsa; Yosef pon baako, Benyamin pon baako, Dan nso pon baako.
33 “Kurow no anaafo fam bɛyɛ basafa 4,500, na ebenya apon abiɛsa; Simeon pon baako, Isakar pon baako, Sebulon nso pon baako.
34 “Kurow no atɔe fam bɛyɛ basafa 4,500, na ebenya apon abiɛsa; Gad pon baako, Aser pon baako, na Naftali nso pon baako.
35 “Sɛ wosusuw ɛho nyinaa twa hyia a, ɛbɛyɛ basafa 18,000. Efi saa da no, wɔbɛfrɛ kurow no Yehowa Wɔ Hɔ.”+
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Ma Ahoɔden.”
Nt., “nsa.”
Anaa “anyinam.”
Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.
Ɛyɛ popã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Ebetumi aba sɛ abien no nyinaa hyiam wɔ ebiara mfinimfini pɛɛ.
Nt., “efisɛ honhom abɔde no honhom.”
Nt., “asukɔtweaa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔtrɛw wɔn ntaban mu a, ɛhwɛ tẽẽ.”
“Onipa ba”; saa asɛm yi pue wɔ Hesekiel nhoma no mu mpɛn 93, na eyi na edi kan.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Israelfo ne Yudafo ho.
Anaa “wɔyɛ asobrakye.”
Nt., “atuatew fi.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Ɛwom sɛ nnipa no asen wɔn kɔn na wɔte sɛ biribi a ɛwowɔ.”
Anaa “nhoma a wɔabobɔw.”
Anaa “kwadwom.”
Anaa “di.”
Anaa “twɛrebo.”
Nt., “atuatew fi.”
Nt., “wo nkurɔfo mma.”
Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.
Nt., “m’ani beree wɔ me honhom mu.”
Anaa “mɛma woabu ho akontaa.”
Anaa “wubegye wo kra.”
Anaa “kodi amumɔyɛsɛm.”
Anaa “mɛma woabu ho akontaa.”
Anaa “wubegye wo kra.”
Nt., “nsa.”
Anaa “kurukyerɛw Yerusalem kurow no.”
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Anaa “bɔ ho nsra.”
Nt., “fa . . . bɔne to hɔ,” kyerɛ sɛ, Hesekiel benkum so.
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “adua.”
Ebinom nso frɛ no “atoko.”
Ɛte sɛ hwiit, na na wɔtaa dua wɔ tete Egypt.
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Bɛyɛ lita 0.6. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “nguu me kra.”
Anaa “ɛho akum.”
Nt., “merebebubu paanoo nnua.” Ebetumi aba sɛ ɛyɛ nnua a na wɔde paanoo sensɛn so de sie.
Nt., “Paanoo.”
Ade a wɔde susuw biribi mu duru.
Nt., “mɛpete wɔn ama mframa.”
Anaa “mehuan wo so.“
Nt., “mɛpete wɔn ama mframa.”
Nt., “mebubu paanoo nnua.” Ebetumi aba sɛ ɛyɛ nnua a na wɔde paanoo sensɛn so de sie.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Nt., “wɔn koma abɔ aguaman; abu brabɔne.”
Anaa “aguamammɔ aniwa.”
Nt., “ebenyan.”
Ebetumi nso akyerɛ, “nhwiren abotiri no aba.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Nhwiren abotiri no aba.”
Kyerɛ sɛ, nea ɔtɔ agyapade oo, nea ɔtɔn oo, wɔn mu biara rennya mfaso, efisɛ ɔsɛe bɛba wɔn nyinaa so.
Ebetumi nso akyerɛ, “na obiara rentumi mfa kwammɔne biara so.”
Anaa “Sekan a wɔde kɔ ɔko.”
Kyerɛ sɛ, ehu nti wɔbɛdwensɔdwensɔ wɔn ho.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “ahopopo bedura wɔn ho.”
Kyerɛ sɛ, awerɛhow bɛma wɔayi wɔn ti kwabokwabo.
Anaa “wɔn kra mmee.”
Kyerɛ sɛ, wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ.
Kyerɛ sɛ, wɔn nneɛma a wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no.
Kyerɛ sɛ, wɔn sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a wɔde yɛ ahoni no.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Yehowa tenabea kronkron no pia mu pia no ho.
Kyerɛ sɛ, mpokyerɛ a wɔde gu nkoa.
Anaa “akwankyerɛ.”
Anaa “agyinatu.”
Anaa “abasamtu.”
Nt., “nsa.”
Anaa “honi.”
Anaa “honi.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Anaa “a wɔakurukyerɛw.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ dubaa a na wɔde di dwuma wɔ abosonsom mu.
Anaa “toa a wɔde adubiri gu mu.”
Nt., “eti.”
Kyerɛ sɛ, kerubim no biara.
Anaa “ɔdasani.”
Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.
Nt., “ɔno ara ne ɔteasefo a mihuu no.”
Nt., “efisɛ honhom abɔde no honhom.”
Nt., “eyi ne ɔteasefo a mihui.”
Anaa “wotu fo bɔne tia kurow yi.”
Anaa “dadesɛn a ano so.”
Anaa “mɛka wɔn koma abom.”
Kyerɛ sɛ, koma a edi Onyankopɔn akwankyerɛ so.
Nt., “atuatew fi.”
Anaa “Sekan a wɔde kɔ ɔko.”
Nt., “wo paanoo.”
Nt., “wɔn paanoo.”
Anaa “ɛyɛ nnaadaa.”
Nt., “Israel fi.”
Anaa “wodi wɔn ankasa koma akyi.”
Kyerɛ sɛ, wɔde biribi a ɛyɛ mmerɛw kyɛ dan mu te sɛ ɔfasu, na wɔka ho akado ma ɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ den.
Kyerɛ sɛ, nea nkurɔfo de bɔ wɔn nsa de hwehwɛ ahobammɔ.
Anaa “nkurɔfo kra.”
Anaa “me nkurɔfo kra.”
Anaa “mo kra.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “mukunkum akra.”
Anaa “mokora akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “memma onnii yaw.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Nt., “Meso Israel fi koma mu akyere wɔn.”
Nt., “mebubu paanoo nnua.” Ebetumi aba sɛ ɛyɛ nnua a na wɔde paanoo sensɛn so de sie.
Anaa “wobegye wɔn kra.”
Anaa “kunkum ne mma.”
Anaa “wobegye wɔn kra.”
Anaa “nneɛma anan a mede bebu wɔn atɛn atwe wɔn aso.”
Anaa “sekan a wɔde kɔ ɔko.”
Anaa “na wo kra ho yɛ abofono.”
Anaa “sukraman nhoma.”
Anaa “Afei de, na adedi sɛ wo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ne wɔn bɔɔ aguaman.”
Kyerɛ sɛ, mmarima ahoni no.
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Nt., “wode wɔn faa ogya mu.”
Nt., “wobaee w’anan mu.”
Nt., “mmarima a wɔn ho soso.”
Anaa “nea wɔn kra pɛ.”
Nt., “Kaanan.”
Ebetumi nso akyerɛ, “sɛnea eyi nyinaa ama m’ani abere wo so!”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Nt., “wo benkum so.”
Ebetumi aba sɛ ɛkyerɛ ɛho nkurow.
Nt., “wo nifa so.”
Anaa “to aborɔme.”
Nt., “Kaanan.”
Nt., “atuatew fi.”
Nt., “aba.”
Kyerɛ sɛ, Nebukadnesar.
Kyerɛ sɛ, Sedekia.
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Anaa “akunkum akra.”
Nt., “Wateɛ ne nsa.”
Nt., “wɔbɛpete wɔn ama mframa biara.”
Anaa “nkwa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Onipa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Nt., “obi a ohwie mogya gu.”
Anaa “Onipa.”
Nt., “wɔrenkae.”
Anaa “obegye ne kra.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “monyɛ.”
Anaa “kwadwom.”
Anaa “agyatanini.”
Ebetumi nso akyerɛ, “te sɛ bobe wɔ wo bobefuw mu.”
Anaa “kwadwom.”
Anaa “Worebebu wɔn atɛn?”
Nt., “memaa me nsa so kyerɛɛ Yakob aba.”
Anaa “ɛyɛ asaase a wɔasiesie.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Kyerɛ sɛ, Israelfo.
Kyerɛ sɛ, Israelfo.
Anaa “Ɛyɛ asaase a wɔasiesie.”
Kyerɛ sɛ, Israelfo.
Anaa “wɔde wɔn ani sii wɔn agyanom abosom fĩ no so.”
Nt., “wɔmaa abakan biara faa ogya mu.”
Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “mo honhom mu.”
Nt., “mede apam no hama akyekyere mo.”
Anaa “Afɔre a edwudwo koma; Afɔre a ahomeka wom.”
Anaa “asaase ani nyinaa.”
Anaa “obiara.”
Anaa “Ɛnyɛ aborɔme na ɔreto yi?”
Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nhoma na wɔtaa de yɛ.
Anaa “nnipa.”
Nt., “fa wo sisi a ɛrepopo.”
Kyerɛ sɛ, ehu nti wɔbɛdwensɔdwensɔ wɔn ho.
Kyerɛ sɛ, Yehowa sekan bɛpo.
Anaa “onipakumfo.”
Anaa “Ahempoma no renkɔ so.”
Nt., “yɛ nsa.”
Nt., “ne terafim.”
Ná wɔde yɛ nyankomade.
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Kyerɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ Yerusalem.
Ɛbɛyɛ sɛ Babilonfo.
Nt., “wɔde nsa bɛkyere mo.”
Nt., “wɔn a wɔakunkum wɔn a wosum hɔ no kɔn.”
Nt., “wubebu atɛn, wubebu atɛn.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Nt., “Wo nkurɔfo yi wɔn papa adagyaw so.”
Kyerɛ sɛ, ne babarima yere.
Anaa “braeb.”
Nt., “koma.”
Anaa “afide.”
Ɛyɛ dade bi a wɔde yɛ kankyee.
Ɛyɛ dade bi a emu yɛ duru.
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Ɛkyerɛ, “Ne Ntamadan.”
Ɛkyerɛ, “Me Ntamadan Wɔ Ne Mu.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Anaa “ne kra twee ne ho.”
Anaa “me kra twee ne ho.”
Kyerɛ sɛ, ɔbarima dua.
Anaa “wɔn ho fonoo wo kra.”
Akyɛm nketewa a agyantofo taa kura.
Anaa “wo kra twee ne ho.”
Nt., “woatow me akyene w’akyi.”
Kyerɛ sɛ, wɔagyaw Onyankopɔn akodi abosom akyi.
Nt., “wɔde wɔn mma a wɔawo wɔn ama me no nso afa ogya mu.”
Anaa “nkapo.”
Anaa “mogya wɔ wɔn nsam.”
Nt., “da yi din.”
Nt., “atuatew fi.”
Anaa “dadesɛn a ano so.”
Anaa “nankum.”
Anaa “nankum.”
Anaa “nankum.”
Anaa “w’afide.”
Anaa “Mmɔ wo koko.”
Anaa “Nkata w’ano.”
Nt., “nnipa paanoo.”
Anaa “mo kra pɛ n’asɛm.”
Anaa “ɛda wɔn kra.”
Anaa “wo kra dii.”
Anaa “wɔpɛ sɛ wɔde ɔkra mu animtiaabu.”
Nt., “bekunkum ne mma mmea.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.
Nt., “aman.”
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Kyerɛ sɛ, afiri a ɔde ko.
Anaa “ne sekan.”
Nt., “wɔn a wɔapirapira.”
Anaa “mpanyimfo.”
Anaa “ntaade nguguso.”
Nt., “wobefura ahopopo.”
Anaa “kwadwom.”
Anaa, “ɔdamoa.”
Anaa “mesiesie ateasefo asaase so fɛfɛɛfɛ.”
Anaa “kwadwom.”
Nt., “ɛpo komam.”
Anaa “asono se.”
Ɛyɛ dade bi a wɔde yɛ kankyee.
Ɛyɛ dade bi a emu yɛ duru.
Anaa “duabo.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “oguan nwi a ani dum.”
Dua bi a ɛte sɛ sinamon dua.
Ɛyɛ afifide bi a ɛyɛ huam. Nanso obiara nhyɛ da nnim afifide pɔtee a ɛyɛ.
Anaa “Ntama a wɔde nsa anwene.”
Ebetumi nso akyerɛ, “na w’anim aba nyam.”
Nt., “ɛpo komam.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Wɔn kra de awerɛhow.”
Anaa “kwadwom.”
Nt., “ɛpo komam.”
Anaa “ɔdamoa.”
Nt., “ɛpo komam.”
Anaa “wɔn a wontwaa wɔn dua.”
Anaa “kwadwom.”
Nt., “wɔasra no a ɔkata so.”
Nt., “kerubim a ɔkata so.”
Nil a ɛwɔ ha ne nea edidi so nyinaa gyina hɔ ma asubɔnten no ne nsuka a wɔatwitwa wɔ ho nyinaa.
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
Nt., “wɔn sisi.”
Nt., “waka sɛ.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.
Kyerɛ sɛ, Tiro
Anaa “mɛma abɛn bi afifi ama Israel fi.”
Anaa “firamanfiramanfo.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ Israelfo a na wɔne Egyptfo ayɛ apam.
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Anaa “Memfis.”
Kyerɛ sɛ, Thebes.
Anaa “Memfis.”
Kyerɛ sɛ, Heliopoli.
Anaa “Mɛma Babilon hene tumi ayɛ kɛse.”
Kyerɛ sɛ, Babilon hene anim.
Nt., “wobɛyɛɛ.”
Anaa “ɔdamoa.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, sida dua a ɛwɔ Lebanon no.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “ne ne basa.”
Anaa “wɔn a wontwaa wɔn dua.”
Anaa “kwadwom.”
Anaa “gyatanini.”
Nt., “wɔn nsubɔnten.”
Nt., “Nea ɛsɔn fi wo mu no bɛhyɛ nsuka ma.”
Anaa “kwadwom.”
Anaa “ɔdamoa.”
Anaa “wɔn a wontwaa wɔn dua.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔdamoa.”
Anaa “ɔdamoa.”
Anaa “ɔdamoa.”
Nt., “ne ne dɔm.”
Nt., “N’adamoa.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi aba sɛ na ɛyɛ asraafo a sɛ wowu a, wɔde wɔn sekan ka wɔn ho sie wɔn de hyɛ wɔn anuonyam.
Anaa “ɔdamoa.”
Anaa “mpanyimfo.”
Anaa “ɔdamoa.”
Nt., “bɛfa no kɔ.”
Anaa “ne mogya begu ne ti so.”
Anaa “ne mogya begu ne ti so.”
Anaa “obegye ne kra.”
Anaa “bɛfa wɔn mu baako kra.”
Anaa “ne mogya ho asodi da ɔwɛmfo no so.”
Anaa “wubegye wo kra.”
Anaa “wammu atɛntrenee.”
Nt., “wɔrenkae.”
Nt., “nsa.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Anaa “Akɔnnɔ bɔne nti wɔde wɔn ano fofa wo ho.”
Anaa “mebisa me nguan afi wɔn nsam.”
Anaa “Meremma wɔmma me nguan aduan.”
Nt., “ebegye din.”
Nt., “wɔafi mu aka.”
Anaa “ne ɔkra mu animtiaabu.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Kyerɛ sɛ, koma a egye Onyankopɔn akwankyerɛ tom.
Ebetumi nso akyerɛ, “te sɛ nguankuw a wɔde wɔn rekɔbɔ afɔre wɔ Yerusalem.”
Nt., “nsa.”
Anaa “ahome; honhom.”
Anaa “honhom.”
Anaa “a wɔyɛ ne mfɛfo.”
Anaa “a wɔyɛ ne mfɛfo.”
Nt., “wo man mma.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Nt., “mma mmarima.”
Anaa “me tenabea; me fi.”
Anaa “wɔn so.”
Akyɛm nketewa a agyantofo taa kura.
Nt., “wobɛyɛ wɔn hwɛfo.”
Anaa “nkuraa-nkuraa a enni ɔfasu no so.”
Anaa “n’agyatanini a wɔn ho yɛ den.”
Anaa “Adiyifo no hyɛɛ.”
Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.
Akyɛm nketewa a agyantofo taa kura.
Ebetumi nso akyerɛ, mporibaa a dade feaa hyehyɛ ano.
Anaa “Gog Dɔm Bon.”
Ɛkyerɛ, “Dɔm.”
Nt., “me nsa.”
Anaa “afide.”
Nt., “mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu.”
Nt., “nsa.”
Anaa “hama a wɔde asaawa ayɛ.”
Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “ofi.” Faako a asɛmfua yi pue wɔ ti 40-48 no, sɛ ɛfa asɔrefi no nyinaa ho a, yɛkyerɛ ase sɛ asɔrefi.
Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “demmire a wɔde susuw ade a ne tenten yɛ basafa asia, na basafa biara wosusuw nsayam baako ka ho.” Eyi yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.
Ebetumi nso akyerɛ, “12.”
Nt., “asɔredan.” Sɛ asɛmfua yi pue wɔ ti 41 ne 42 a, ɛfa Kronkronbea no anaasɛ Kronkronbea no ne Kronkron Mu Kronkronbea no nyinaa ho.
Eyi yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.
Kyerɛ sɛ, ɔkɔɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ stɛps a ɛnwonwan.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ ɔkwan ketewa bi a wɔfa so twa asɔredan no ho hyia.
Kyerɛ sɛ, ɔdan a ɛwɔ kronkronbea no atɔe fam.
Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”
Ɛbɛyɛ sɛ eyi yɛ ɔpon a wɔfa mu kɔ Kronkronbea hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Kronkron Mu Kronkronbea.
Nt., “ayeyɛ ne ntwemu.”
Anaa “apata.”
Eyi yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.
Greek Septuagint no ka sɛ, “ne tenten yɛ basafa 100.” Tete Hebri nkyerɛwee no kaa no sɛ: “Basafa baako kwan.” Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “ofi a ɛwɔ mfinimfini no.”
Hwɛ Nkh. B14.
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔbae sɛ ɔrebɛsɛe.”
Nt., “ofi.”
Anaa “mfa aguaman a wɔne anyame afoforo abɔ.”
Nt., “na wonsusuw ɔdan no.”
Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.
Eyi yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “wodi mu.”
Kyerɛ sɛ, wɔbɛbɔ ama ɔman no.
Nt., “adi paanoo.”
Nt., “fa wo koma si so.”
Nt., “me paanoo.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Anaa “twakoto.”
Nt., “ntaade no antew ɔmanfo no ho.”
Anaa “bobesa.”
Eyi yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Asaase no bɛyɛ kronkron afa n’ahye nyinaa so.”
Nt., “ɔfã biara yɛ 500.”
Ade a wɔde susuw biribi mu duru.
Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “bɛnnaa.” Hwɛ Nkh. B14.
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Hwɛ Nkh. B14.
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “asaase no sofo.”
Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “antew ɔmanfo no ho.”
Eyi yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Ntwea anan no nyinaa kɛse ne ne yɛbea yɛ pɛ.”
Eyi yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “akɔfa asaase pradadaa no so.”
Nt., “nsubɔnten abien.”
Anaa “akra.”
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.
Nt., “bɛyɛ mo agyapade, na obiara de bɛyɛ sɛ ne nua de.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.
Kyerɛ sɛ, Egypt Subon.
Anaa “Hamat kwan ano.”
Anaa “Hamat kwan ano.”
Eyi yɛ basafa tenten no. Hwɛ Nkh. B14.
Kyerɛ sɛ, Egypt Subon.
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.