Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Exodus 1:1-40:38
  • Exodus

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Exodus
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Exodus

EXODUS

1 Bere a Yakob a wɔfrɛ no Israel kɔɔ Egypt no, ne mma no nyinaa ne wɔn fifo nso kɔɔ bi. Yakob mma no din ni:+ 2 Ruben, Simeon, Lewi, ne Yuda;+ 3 Isakar, Sebulon, ne Benyamin; 4 Dan ne Naftali; Gad ne Aser.+ 5 Ná Yakob mma ne ne mmanana nyinaa yɛ nnipa 70.* Yosef de, na ɔwɔ Egypt dedaw.+ 6 Akyiri yi Yosef wui,+ na ne nuanom nyinaa ne wɔn beresofo* nyinaa nso wuwui. 7 Israelfo* no wowoe, na wɔbɛyɛɛ bebree. Wɔn ase trɛwee na wɔbɛyɛɛ den ntɛmntɛm, na wɔhyɛɛ asaase no so ma.+

8 Akyiri yi, ɔhene foforo bedii ade wɔ Egypt. Ɔno de, na onnim Yosef. 9 Enti ɔka kyerɛɛ ne manfo sɛ: “Hwɛ! Israelfo no dɔɔso na wɔn ho yɛ den sen yɛn.+ 10 Momma yɛmpɛ nyansakwan bi mfa wɔn mfa so. Anyɛ saa a, wɔn ase bɛtrɛw na wɔayɛ pii, na sɛ ɔko ba a, wɔbɛkɔ akɔka yɛn atamfo ho ne yɛn ako na wɔafi ɔman yi mu akɔ.”

11 Enti wɔde adwuma so ahwɛfo* sisii wɔn so sɛ wɔnhyɛ wɔn mma wɔnyɛ adwumaden;+ wɔma wɔkyekyee nkurow a wɔde bɛyɛ adekorabea maa Farao. Saa nkurow no ne Pitom ne Raamse.+ 12 Nanso bere a wɔrehyɛ wɔn so no, afei koraa na na wɔredɔɔso na wɔn ase retrɛw. Enti Israelfo no ho hu tɔɔ wɔn so.+ 13 Ɛbaa saa no, Egyptfo no hyɛɛ Israelfo no ma wɔyɛɛ nkoadwuma.+ 14 Wɔmaa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwumaden. Wɔma wɔwɔw dɔte de yɛɛ birikisi, na wɔma wɔyɛɛ afuw mu nnwuma nyinaa bi. Nkoadwuma biara a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn yɛ no, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛe.+

15 Akyiri yi, Egypt hene ne Hebrifo mmea a wogye awo no kasae; ɔbaako de Sifra na baako nso de Pua. 16 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moregye Hebrini bea bi awo*+ na sɛ muhu sɛ abofra no yɛ ɔbarima a, munkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbea de a, munnkum no.” 17 Nanso na wɔn a wogye awo no suro nokware Nyankopɔn no, enti wɔanyɛ nea Egypt hene ka kyerɛɛ wɔn no. Mmom wɔkoraa mmofra a wɔyɛ mmarima no so.+ 18 Bere bi akyi no, Egypt hene frɛɛ mmea a wogye awo no bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moakora mmarima no so?” 19 Ɛnna mmea a wogye awo no buaa Farao sɛ: “Hebrifo mmea no nte sɛ Egyptfo mmea. Wɔn ho yɛ den, enti ansa na nea ogye awo no bedu wɔn nkyɛn no na wɔawo dedaw.”

20 Enti Onyankopɔn ne mmea a wogye awo no dii no yiye; na Israelfo no yɛɛ bebree na wɔn ho yɛɛ den paa. 21 Esiane sɛ wɔn a wogye awo no suroo nokware Nyankopɔn no nti, akyiri yi ɔma wonyaa mma.* 22 Afei Farao ka kyerɛɛ ne manfo sɛ: “Abofra biara a Hebrifo no bɛwo no foforo no, sɛ ɔyɛ ɔbarima a, montow no nkyene Asubɔnten Nil mu, na sɛ ɔyɛ ɔbea de a, ɛnsɛ sɛ mukum no.”+

2 Saa bere no ara mu, ɔbarima bi a ofi Lewi fi kɔwaree Lewini bea bi.+ 2 Ɔbea no nyinsɛn woo ɔbabarima, na bere a ohuu sɛnea abofra no ho yɛ fɛ no, ɔde no siei abosome abiɛsa.+ 3 Afei ohui sɛ ɔrentumi mfa no nsie bio,+ enti ɔfaa mmɛw* kɛntɛn* de kootaa ne amane yɛɛ ho, na ɔde abofra no too mu de no kɔhyɛɛ nwura* mu wɔ Asubɔnten Nil ho. 4 Ɛnna ne nuabea+ kogyinaa baabi hwɛɛ nea ɛbɛto no.

5 Afei Farao babea baa Asubɔnten Nil ho sɛ ɔrebeguare, na na mmea a wɔsom no no nenam Nil no ho. Ohui sɛ kɛntɛn bi hyɛ nwura no mu wɔ nsu no ano. Ɛhɔ ara na ɔsomaa n’abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra.+ 6 Obuee so no, ohui sɛ abarimaa no da mu resu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔkae sɛ: “Hebrifo mma no bi ni.” 7 Ɛnna ne nuabea no bisaa Farao babea no sɛ: “Menkɔfrɛ Hebrifo mmea no bi na ɔmmɛma no nufu na ɔnhwɛ no mma wo anaa?” 8 Ɛnna Farao babea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ!” Ntɛm ara na abeawa no kɔfrɛɛ abofra no maame bae.+ 9 Afei Farao babea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa abofra yi kɔhwɛ no ma me, na metua wo ka.” Enti ɔbea no faa abofra no kɔhwɛɛ no. 10 Abofra no nyinii no, ɔde no kɔmaa Farao babea no, na ɔde no yɛɛ ne ba.+ Ɔtoo no din Mose* na ɔkae sɛ: “Nsu mu na miyii no fii ntia.”+

11 Afei bere a Mose nyinii* no, ofii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn kɔhwɛɛ sɛnea wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwumaden;+ na ohui sɛ Egyptni bi rehwe ne nuanom Hebrifo no mu baako. 12 Bere a ɔhwɛɛ ha ne ha a ohui sɛ obiara nni hɔ no, ɔbɔɔ Egyptni no kum no, na ɔde no hyɛɛ anwea mu.+

13 Ade kyee a ofii adi no, ohui sɛ Hebrifo baanu bi reko. Enti obisaa nea odi fɔ no sɛ: “Adɛn nti na wo ne wo ara wo ho nipa reko?”+ 14 Ɛnna obisaa no sɛ: “Hena na ɔde wo sii yɛn so sɛ di yɛn so na bu yɛn atɛn? Wopɛ sɛ wukum me sɛnea wukum Egyptni no anaa?”+ Ɛmaa Mose bɔɔ hu na ɔkae sɛ: “Ei, asɛm yi apue!”

15 Akyiri yi Farao tee asɛm no, na ɔyɛe sɛ obekum Mose, nanso Mose guan fii Farao anim kɔɔ Midian+ asaase so, na ɔkɔtenaa abura bi ho. 16 Ná ɔsɔfo a ɔwɔ Midian+ no wɔ mma mmea baason, na wɔbae sɛ wɔrebɛsaw nsu de akogu ade mu ama wɔn papa nguan anom. 17 Nanso sɛnea na ɛtaa si no, nguanhwɛfo bi bɛpam wɔn. Ɛnna Mose sɔre boaa* mmea no, na ɔmaa wɔn mmoa no nsu. 18 Bere a wɔkɔɔ wɔn papa Reuel*+ nkyɛn wɔ ofie no, ɔteɛɛm sɛ: “Ɛnnɛ de ɛyɛɛ dɛn na moaba fie ntɛm saa?” 19 Ɛnna wobuae sɛ: “Egyptni+ bi na ogyee yɛn fii nguanhwɛfo no nsam. Ɔsan saw nsu mpo maa yɛn, na ɔmaa nguan no bi nomee.” 20 Obisaa ne mma mmea no sɛ: “Ɔwɔ he? Adɛn na moagyaw no wɔ hɔ? Monkɔfrɛ no na ɔne yɛn mmedidi.” 21 Na Mose penee so sɛ ɔbɛtena ɔbarima no nkyɛn, na ɔde ne babea Sipora+ maa Mose aware. 22 Akyiri yi, ɔbea no woo ɔbabarima, na Mose too no din Gersom,*+ efisɛ ɔkae sɛ: “Mabɛyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asaase so.”+

23 Mfe* pii akyi no, Egypt hene no wui,+ nanso nkoasom no nti, Israelfo no kɔɔ so sii apini, na wosu hwehwɛɛ ɔboafo, na wɔn sufrɛ no duu nokware Nyankopɔn no asom.+ 24 Eduu baabi no, Onyankopɔn tee wɔn apinisi+ no, na Onyankopɔn kaee apam a ɔne Abraham, Isak, ne Yakob yɛe no.+ 25 Enti Onyankopɔn hwɛɛ Israelfo no, na Onyankopɔn huu nea wɔrefa mu.

3 Mose bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na na ɔhwɛ n’asebarima Yetro+ a ɔyɛ Midian sɔfo no nguan. Da bi a ɔde nguan no rekɔ sare no atɔe fam no, okopuee nokware Nyankopɔn no bepɔw Horeb+ ho. 2 Afei Yehowa bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura* bi a ɛredɛw mu.+ Bere a ɔhwɛɛ ade no dinn no, ohui sɛ nwura no redɛw nanso ɛnhyew. 3 Ɛnna Mose kae sɛ: “Mɛkɔ akɔhwɛ anwonwade yi, na mahu nea enti a nwura no nhyew.” 4 Bere a Yehowa hui sɛ ɔrebɛn hɔ abɛhwɛ no, ɔfrɛ fii nwura no mu sɛ: “Mose! Mose!” na obuae sɛ: “Mini.” 5 Ɛnna ɔkae sɛ: “Mmɛn ha. Yi wo nan ase mpaboa, efisɛ baabi a wugyina no yɛ asaase kronkron.”

6 Ɔtoaa so sɛ: “Mene w’agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn,+ ne Yakob Nyankopɔn.”+ Ɛnna Mose de n’anim hintawee, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛhwɛ nokware Nyankopɔn no. 7 Yehowa toaa n’asɛm no so sɛ: “Amane a me nkurɔfo a wɔwɔ Egypt no rehu nyinaa m’ani tua, na mate apini a wosi esiane sɛ wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma nti. Minim wɔn brɛ nyinaa.+ 8 Mesian akogye wɔn afi Egyptfo nsam,+ na mayi wɔn afi asaase no so akɔ asaase a eye na ɛtrɛw so, asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so,+ baabi a Kaananfo, Hitifo, Amorifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo te.+ 9 Afei hwɛ! Mate Israelfo no sufrɛ, na sɛnea Egyptfo rehyɛ wɔn so+ no nso mahu. 10 Enti bra ma mensoma wo Farao nkyɛn na koyi me man Israelfo no fi Egypt.”+

11 Nanso Mose bisaa nokware Nyankopɔn no sɛ: “Mene hena a merekɔ Farao anim sɛ merekoyi Israelfo afi Egypt?” 12 Ɛnna ɔkae sɛ: “Medi w’akyi,+ na nea ɛbɛkyerɛ sɛ me na masoma wo ni: Sɛ wunya de ɔman no fi Egypt ba a, mobɛsom nokware Nyankopɔn no wɔ bepɔw yi so.”+

13 Nanso Mose bisaa nokware Nyankopɔn no sɛ: “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo agyanom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn’ na sɛ wobisa me sɛ, ‘Ne din de dɛn?’+ a, asɛm bɛn na menka nkyerɛ wɔn?” 14 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara.”*+ Na ɔtoaa so sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, nea wɔfrɛ no ‘Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara’ no, ɔno na wasoma me mo nkyɛn.”+ 15 Afei Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Mose sɛ:

“Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn,+ ne Yakob Nyankopɔn+ na wasoma me mo nkyɛn.’ Eyi ne me din de kosi daa,+ na eyi na wɔmfa nkae me wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. 16 Afei kɔ na kɔboa Israel mpanyimfo ano na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham, Isak, ne Yakob Nyankopɔn ayi ne ho adi akyerɛ me. Ɔkae sɛ: “M’adwene wɔ mo so,+ na nea wɔde reyɛ mo wɔ Egypt nyinaa m’ani tua. 17 Enti nea mereka ne sɛ, megye mo afi amanehunu+ a Egyptfo de aba mo so no mu de mo akɔ Kaananfo, Hitifo, Amorifo,+ Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ asaase so, asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so.”’+

18 “Sɛnea ɛte biara wobetie wo.+ Afei wo ne Israel mpanyimfo no bɛkɔ Egypt hene hɔ. Mokɔ a, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yehowa, Hebrifo+ Nyankopɔn no ne yɛn akasa. Enti yɛsrɛ wo ma yentwa nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma Yehowa yɛn Nyankopɔn.’+ 19 Nanso minim paa sɛ Egypt hene remma mo kwan, gye sɛ nsa a ɛyɛ den hyɛ no ansa.+ 20 Enti mɛteɛ me nsa abɔ Egypt na mayɛ anwonwade pii wɔ hɔ; afei ɔbɛma moakɔ.+ 21 Na mɛma nkurɔfo no anya Egyptfo anim dom, na sɛ morefi hɔ akɔ a, moremfa nsapan nkɔ da.+ 22 Israelni bea biara mmisa nea ɔte bɛn no, ne ɔbea a ɔne no te ofi baako mu, na onnye nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne nea wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, ne ntama mfi ne hɔ, na momfa nhyehyɛ mo mma mmarima ne mo mma mmea; monwerɛw Egyptfo no ho.”*+

4 Nanso Mose kae sɛ: “Na sɛ wɔannye me anni na wɔantie me,+ na wɔka sɛ ‘Yehowa nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo’ nso ɛ?” 2 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Dɛn na wukura yi?” Na obuae sɛ: “Ɛyɛ poma.” 3 Ɛnna ɔkae sɛ: “Tow kyene fam.” Enti ɔtow kyenee fam, na ɛdan ɔwɔ;+ ɛnna Mose guan fii ho. 4 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa so ne dua mu.” Na ɔteɛɛ ne nsa soo ne dua mu, na ɛdan poma wɔ ne nsam. 5 Ɛnna Onyankopɔn kae sɛ: “Eyi bɛma wɔagye adi sɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn+ no ayi ne ho adi akyerɛ wo.”+

6 Afei Yehowa ka kyerɛɛ no bio sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nsa hyɛ w’ataade mu wɔ wo koko so.” Enti ɔde ne nsa hyɛɛ n’ataade mu. Bere a oyii ne nsa no, ɔnkɔhwɛ a, kwata na ayɛ ne nsa ho fitaa te sɛ sukyerɛmma yi!+ 7 Afei ɔkae sɛ: “San fa wo nsa hyɛ w’ataade mu wɔ wo koko so.” Na ɔsan de ne nsa hyɛɛ n’ataade mu. Bere a oyii ne nsa no, na kwata no kɔ ma ne nsa ho ayɛ sɛ ne honam baabiara! 8 Ɔkae sɛ: “Sɛ wɔannye wo anni anaasɛ wɔannye sɛnkyerɛnne a edi kan no anni a, sɛnkyerɛnne a ɛto so abien no de, nea ɛte biara wobegye atom.+ 9 Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnne abien yi nyinaa anni na wɔantie wo a, kɔsaw Asubɔnten Nil mu nsu na hwie gu asaase kesee so, na nsu a wosaw fii Asubɔnten Nil no mu no bɛdan mogya wɔ asaase kesee no so.”+

10 Afei Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, efi tete besi bere a wo ne w’akoa rekasa yi mpo, menyɛ obi a m’ano atew, efisɛ me kasa yɛ nyaa na me tɛkrɛma yɛ duru.”+ 11 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Hena na ɔyɛɛ onipa ano, na hena na ɔma obi tumi yɛ mum, ɔsotifo, nea ohu ade yiye ne onifuraefo? Ɛnyɛ me Yehowa? 12 Enti wo de kɔ, na worekasa a, mɛka wo ho na mɛkyerɛ wo nea wobɛka.”+ 13 Nanso ɔkae sɛ: “Yehowa, eyi de mesrɛ wo, sɛ obi foforo wɔ hɔ a wopɛ sɛ wosoma no a, soma ɔno mmom.” 14 Ɛnna Yehowa bo fuw Mose, na ɔkae sɛ: “Wo nua Lewini Aaron+ nni hɔ anaa? Minim sɛ n’ano atew paa. Na ɔnam kwan so mpo rebehyia wo. Sɛ ohu wo a, n’ani begye wɔ ne komam.+ 15 Wo ne no nkasa na fa asɛm no hyɛ n’ano,+ na sɛ worekasa a, mɛka wo ho, na ɔno nso rekasa a, mɛka ne ho,+ na mɛkyerɛ mo nea monyɛ. 16 Obesi w’ananmu ne nkurɔfo no akasa; ɔbɛyɛ wo kyeame, na wo nso woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no.*+ 17 Na fa poma yi kura na wode ayɛ nsɛnkyerɛnne no.”+

18 Enti Mose san n’akyi kɔɔ n’asebarima Yetro+ hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ mesan kɔ me nuanom a wɔwɔ Egypt no nkyɛn kɔhwɛ sɛ wɔda so te ase anaa.” Ɛnna Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa asomdwoe kɔ.” 19 Ɛno akyi, bere a Mose da so wɔ Midian no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “San kɔ Egypt, efisɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo* no nyinaa awuwu.”+

20 Ɛnna Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenaa afurum so, na osiim de n’ani kyerɛɛ Egypt. Na Mose faa nokware Nyankopɔn no poma no nso kurae. 21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wukodu Egypt a, anwonwade a mama wo tumi sɛ yɛ wɔ Farao anim no, hwɛ sɛ wobɛyɛ ne nyinaa.+ Nanso mɛma kwan ama ne koma apirim,+ na ɔremma nkurɔfo no nkɔ.+ 22 Ka kyerɛ Farao sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Israel yɛ me ba, m’abakan.+ 23 Mereka akyerɛ wo sɛ, Ma me ba no kwan na ɔnkɔsom me. Na sɛ woamma wankɔ a, mekum w’abakan.”’”+

24 Bere a wɔnam kwan so a woduu ahomegyebea bi no, Yehowa+ behyiaa no, na na ɔpɛ sɛ okum no.+ 25 Ɛnna Sipora+ faa ɔbo bi a ano yɛ nnam* de twaa ne ba no twetia* na ɔmaa nea otwae no kaa ne nan,* na ɔkae sɛ: “Nea enti a mayɛ saa ne sɛ woyɛ mogya ayeforokunu ma me.” 26 Enti Onyankopɔn gyaa no. Afei twetiatwa no nti Sipora kae sɛ: “Woyɛ mogya ayeforokunu.”

27 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kohyia Mose wɔ sare so.”+ Enti okohyiaa no wɔ nokware Nyankopɔn no bepɔw so,+ na ɔde mfewano kyiaa no. 28 Na nsɛm a Yehowa de somaa Mose+ ne nsɛnkyerɛnne a ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no,+ ɔkaa ne nyinaa ho asɛm kyerɛɛ Aaron. 29 Ɛno akyi no, Mose ne Aaron kɔboaboaa Israel mpanyimfo nyinaa ano.+ 30 Afei nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, Aaron kaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn, na Mose yɛɛ nsɛnkyerɛnne+ no wɔ nkurɔfo no anim. 31 Ɛbaa saa no, nkurɔfo no gye dii.+ Na bere a wɔtee sɛ Yehowa atwa n’ani abɛhwɛ Israelfo+ na wahu wɔn amanehunu no,+ wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuw fam.

5 Akyiri yi, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Israel Nyankopɔn Yehowa se, ‘Ma me nkurɔfo nkɔ na wonkodi m’afahyɛ wɔ sare so.’” 2 Nanso Farao kae sɛ: “Hena ne Yehowa,+ na matie no ama Israel akɔ?+ Minnim Yehowa biara, na Israelfo nso, meremma wɔnkɔ.”+ 3 Nanso wɔkae sɛ: “Hebrifo Nyankopɔn no ne yɛn akasa. Yɛsrɛ wo, yɛpɛ sɛ yɛde nnansa tu kwan kɔbɔ afɔre wɔ sare so ma Yehowa yɛn Nyankopɔn;+ anyɛ saa a, ɔde yare anaa sekan bɛba yɛn so.” 4 Ɛnna Egypt hene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mose ne Aaron, adɛn nti na moama nkurɔfo no agyae wɔn adwuma agu hɔ? Monkɔhwɛ so nyɛ mo adwuma!”*+ 5 Farao toaa so sɛ: “Hwɛ nnipa dodow a wɔreyɛ adwuma wɔ asaase no so. Nanso mopɛ sɛ wogyae adwuma a wɔreyɛ no.”

6 Enti da no ara, Farao ka kyerɛɛ adwuma so ahwɛfo ne wɔn a wɔdeda adwuma ano no sɛ: 7 “Mommma nkurɔfo no sare a wɔde bɛyɛ birikisi bio.+ Ɛsɛ sɛ wɔn ankasa kɔhwehwɛ sare. 8 Nanso momma wɔnyɛ birikisi dodow a wɔyɛ daa no. Monntew so mmma wɔn, efisɛ wɔregow wɔn ho.* Ɛno nti na wɔresu sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔ, yɛpɛ sɛ yɛkɔbɔ afɔre ma yɛn Nyankopɔn!’ 9 Mummia adwuma no mu mma wɔn na adwuma no nnɔɔso mma wɔn, na wɔankotie nnaadaasɛm biara.”

10 Enti adwuma so ahwɛfo+ ne wɔn a wɔdeda adwuma ano no kɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Asɛm a Farao aka ne sɛ, ‘Meremma mo sare bio. 11 Baabi a mubenya sare biara, mo ara monkɔhwehwɛ, nanso mo adwuma no de, yɛrentew so ketewaa bi mpo.’” 12 Enti nkurɔfo no tew wɔn ho guu mu kɔboaboaa sare* ano wɔ Egypt asaase so baabiara. 13 Na adwuma so ahwɛfo no kɔɔ so hyɛɛ wɔn sɛ: “Adwuma a wɔatwa ama obiara sɛ da biara ɔnyɛ no, monyɛ no te sɛ bere a na wɔma mo sare no.” 14 Afei nso, Farao adwuma so ahwɛfo no hwee+ Israelfo a wɔdeda adwuma ano no, na wobisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na nnɛra ne nnɛ, birikisi dodow a daa mutwa no, moantwa anwie?”

15 Ɛnna Israelfo a wɔdeda adwuma ano no kɔɔ Farao nkyɛn kɔkaa wɔn haw kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woreyɛ wo nkoa saa? 16 Wɔmmaa wo nkoa sare biara, nso wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Monyɛ birikisi!’ Wɔhwe yɛn, nanso mfomso no fi wo nkurɔfo no.” 17 Ɛnna ɔkae sɛ: “Moregow mo ho,* moregow mo ho!*+ Ɛno ara nti na moreka sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔbɔ afɔre ma Yehowa.’+ 18 Monkɔ nkɔyɛ adwuma! Wɔremma mo sare biara, nanso birikisi dodow a yɛaka sɛ muntwa no, ɛno ara na mubetwa.”

19 Bere a ɔkae sɛ: “Monntew birikisi a moyɛ no daa no so baako mpo” no, Israelfo a wɔdeda adwuma ano no hui sɛ asɛm ato wɔn. 20 Afei bere a wofi Farao hɔ reba no, wɔbɛtoo Mose ne Aaron sɛ wogyina hɔ retwɛn wɔn. 21 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhwɛ na ɔntwe mo aso, efisɛ moama Farao ne ne nkoa bo afuw yɛn,* na mode sekan ahyɛ wɔn nsam sɛ wɔmfa nkunkum yɛn.”+ 22 Ɛnna Mose bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Yehowa, adɛn nti na woama awie nkurɔfo yi bɔne? Adɛn nti na wosomaa me? 23 Efi bere a mekɔɔ Farao nkyɛn kɔkasae wɔ wo din mu no,+ wateetee nkurɔfo yi asen kan no mpo,+ nanso wunnyee wo nkurɔfo.”+

6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Afei wubehu nea mɛyɛ Farao.+ Mede nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama wagyaa wɔn ama wɔakɔ; mede nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama wapam wɔn afi n’asaase so.”+

2 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mene Yehowa. 3 Ná miyi me ho adi kyerɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn,+ nanso me din Yehowa+ no de, mamma wɔamfa anhu me.+ 4 Me ne wɔn yɛɛ apam nso sɛ mede Kaanan asaase a wɔkɔsoɛɛ so sɛ ahɔho no bɛma wɔn.+ 5 Afei mate Israelfo a Egyptfo de wɔn ayɛ nkoa no apinisi, na mekae m’apam+ nso.

6 “Enti ka kyerɛ Israelfo sɛ: ‘Mene Yehowa, na meyi mo afi Egyptfo nnesoa ase, na magye mo afi wɔn nkoasom mu;+ mede basa a emu ateɛ* ne asotwe* akɛse na ebegye mo afi Egyptfo nsam.+ 7 Na mede mo bɛyɛ me man, na mayɛ mo Nyankopɔn,+ na mubehu sɛ ampa mene Yehowa mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt nkoasom mu no. 8 Mede mo bɛba asaase a mekaa ntam* sɛ mede bɛma Abraham, Isak, ne Yakob no so; mede bɛma mo sɛ agyapade.+ Mene Yehowa.’”+

9 Akyiri yi Mose de nsɛm yi kɔtoo Israelfo no anim, nanso esiane sɛ na wɔn abam abu na wɔrebrɛ wɔ nkoasom mu nti, wɔantie Mose.+

10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 11 “Kɔka kyerɛ Egypt hene Farao sɛ ɔmma Israelfo no mfi n’asaase so nkɔ.” 12 Nanso Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, Israelfo no mpo antie me,+ na ɛbɛyɛ dɛn na Farao atie me a m’ano ntewee*+ yi?” 13 Nanso Yehowa san kaa asɛm a ɔpɛ sɛ Mose ne Aaron de kɔto Israelfo no ne Egypt hene Farao anim, na wɔatumi ayi Israelfo no afi Egypt asaase so.

14 Eyinom ne atitiriw wɔ wɔn agyanom fi: Israel ba panyin Ruben+ mma ne Hanok, Palu, Hesron, ne Karmi.+ Eyinom ne Ruben asefo.

15 Simeon mma ne Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar, ne Saul a ɔne Kaananni bea woo no no.+ Eyinom ne Simeon asefo.

16 Lewi+ mma din, sɛnea wɔn mmusua te ni: Gerson, Kohat, ne Merari.+ Mfe a Lewi dii nyinaa yɛ 137.

17 Gerson mma ne Libni ne Simei, sɛnea wɔn mmusua te.+

18 Kohat mma ne Amram, Yisar, Hebron, ne Usiel.+ Mfe a Kohat dii nyinaa yɛ 133.

19 Merari mma ne Mahli ne Musi.

Eyinom ne Lewi asefo no mmusua.+

20 Afei Amram waree ne papa nuabea Yokebed.+ Akyiri yi, ɔne no woo Aaron ne Mose.+ Mfe a Amram dii nyinaa yɛ 137.

21 Yisar mma ne Kora,+ Nefeg, ne Sikri.

22 Usiel mma ne Misael, Elisafan,+ ne Sitri.

23 Afei Aaron waree Aminadab babea Eliseba a ɔyɛ Naason+ nuabea. Ɔne no woo Nadab, Abihu, Eleasar, ne Itamar.+

24 Kora mma ne Asir, Elkana, ne Abiasaf.+ Eyinom ne Kora asefo.+

25 Aaron ba Eleasar+ waree Putiel mma mmea no mu baako. Ɔne no woo Finehas.+

Eyinom ne Lewifo agyanom abusuafi mpanyimfo, sɛnea wɔn mmusua te.+

26 Aaron ne Mose yi na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhyehyɛ Israelfo no akuwakuw* na munyi wɔn mfi Egypt asaase so.”+ 27 Ɛyɛ Aaron ne Mose yi ara na wɔne Egypt hene Farao kɔkasae sɛ ɔmma wɔn kwan mma wonyi Israelfo mfi Egypt no.+

28 Ɛda a Yehowa ne Mose kasae wɔ Egypt asaase so no, 29 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mene Yehowa. Nea mereka akyerɛ wo yi nyinaa, ka kyerɛ Egypt hene Farao.” 30 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, m’ano ntewee,* na dɛn paa na ɛbɛma Farao atie me?”+

7 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, mayɛ wo sɛ Onyankopɔn* ama Farao, na wo ara wo nua Aaron na ɔbɛyɛ wo diyifo.+ 2 Nea maka akyerɛ wo nyinaa, ka kyerɛ wo nua Aaron na ɔno nso nka nkyerɛ Farao, na ɔbɛma Israelfo no afi n’asaase so akɔ. 3 Nanso mɛma kwan ama Farao koma apirim,+ na mɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade bebree wɔ Egypt asaase so.+ 4 Ne nyinaa akyi, Farao rentie mo, na mɛteɛ me nsa wɔ Egypt so, na mede asotwe* akɛse beyi me dɔm,* Israelfo a wɔyɛ me nkurɔfo no afi Egypt asaase so.+ 5 Afei sɛ mede me nsa ka Egypt na miyi Israelfo no fi wɔn mu a, ɛno na Egyptfo behu paa sɛ mene Yehowa.”+ 6 Ɛnna Mose ne Aaron kɔyɛɛ nea Yehowa kae sɛ wɔnyɛ no. Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. 7 Bere a wɔne Farao kɔkasae no, na Mose adi mfe 80, na na Aaron nso adi mfe 83.+

8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 9 “Sɛ Farao ka sɛ, ‘Monyɛ anwonwade’ a, ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Tow wo poma no to Farao anim.’ Ɛbɛdan ɔwɔ kɛse.”+ 10 Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao anim, na wɔyɛɛ nea Yehowa kae sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Aaron tow ne poma no too Farao ne n’ahemfi mpanyimfo anim, na ɛdan ɔwɔ kɛse. 11 Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafo ne asumanfo no bae, na Egypt akɔmfo+ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.+ 12 Wɔn mu biara tow ne poma too fam na ebiara dan ɔwɔ kɛse, na Aaron poma no memenee wɔn mpoma no. 13 Nanso Farao kɔɔ so ara pirim ne koma,+ na sɛnea na Yehowa aka no, wantie wɔn.

14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Farao koma yɛ den.+ Ɔmpɛ sɛ ɔma nkurɔfo no kɔ. 15 Kɔ Farao nkyɛn anɔpa. Hwɛ! Ɔbɛkɔ nsu no ho. Enti kohyia no wɔ Asubɔnten Nil no ho; worekɔ a, fa poma a ɛdan ɔwɔ no kura.+ 16 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hebrifo Nyankopɔn Yehowa na wasoma me wo nkyɛn,+ na waka sɛ: “Ma me nkurɔfo no nkɔsom me wɔ sare so,” nanso ebesi nnɛ wuntiei. 17 Nea Yehowa aka ni: “Eyi na ɛbɛma woahu sɛ mene Yehowa.+ Mede poma a ekura me yi rebɛbɔ Asubɔnten Nil mu na ɛbɛdan mogya. 18 Na Nil mu mpataa bewuwu ama nsu no abɔn kankaankan, na Egyptfo rentumi nnom Nil mu nsu.”’”

19 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Fa wo poma na teɛ wo nsa kyerɛ Egypt nsu so,+ wɔn nsubɔnten, asuasu,* atare,+ ne wɔn nsu a ɛtaataa hɔ nyinaa so, na ɛnnan mogya.’ Na mogya bɛba Egypt asaase so baabiara, nneɛma a wɔde nsu gu mu a wɔde nnua ayɛ, ne nea wɔde abo ayɛ nyinaa mu.” 20 Nea Yehowa kae sɛ Mose ne Aaron nyɛ no, saa na wɔyɛe; wɔyɛɛ no ntɛm ara. Ɔmaa ne poma so de bɔɔ nsu a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim, na asubɔnten no mu nsu nyinaa dan mogya.+ 21 Afei mpataa a ɛwɔ asubɔnten no mu wuwui,+ na asubɔnten no bɔnee. Enti Egyptfo no antumi annom Nil mu nsu,+ na mogya baa Egypt asaase so baabiara.

22 Egypt akɔmfo no nso de nyankomade yɛɛ saa ara,+ enti Farao kɔɔ so pirim ne koma, na sɛnea na Yehowa aka no, wantie wɔn.+ 23 Afei Farao san kɔɔ ne fi, na wamfa nea asi yi nso anyɛ asɛm. 24 Na Egyptfo nyinaa fii ase tutuu mmura wɔ Nil ho baabiara de pɛɛ nsu a wɔbɛnom, efisɛ na wontumi nnom Nil mu nsu. 25 Bere a Yehowa maa Nil dan mogya no, nnanson twaam.

8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Ma me nkurɔfo no kwan na wɔnkɔsom me.+ 2 Sɛ woamma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ aba w’asaase so baabiara.+ 3 Na mpɔtorɔ bɛyɛ Asubɔnten Nil mu manyamanya, na wɔbɛba wo fi ne wo pia mu ne wo mpa so ne wo nkoa afi mu ne wo manfo so, na wɔbɛba wo fononoo ne nea wofɔtɔw mmɔre wom nyinaa mu.+ 4 Mpɔtorɔ no bɛforo aba wo ne wo manfo ne wo nkoa nyinaa so.”’”

5 Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Fa wo poma na teɛ wo nsa wɔ nsubɔnten, Nil asuasu, ne atare so, na ma mpɔtorɔ no mmra Egypt asaase so baabiara.’” 6 Ɛnna Aaron teɛɛ ne nsa wɔ Egypt nsu so, na mpɔtorɔ no bɛkataa Egypt asaase nyinaa so. 7 Na akɔmfo no nso de nyankomade yɛɛ saa ara; wɔmaa mpɔtorɔ no baa Egypt asaase so.+ 8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsrɛ Yehowa na ɔmma mpɔtorɔ no mfi me ne me man so nkɔ,+ na mɛma nkurɔfo no kwan ma wɔakɔbɔ afɔre ama Yehowa.” 9 Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Mepɛ sɛ wo ara wokyerɛ bere a wopɛ sɛ mesrɛ ma wo ne wo nkoa ne wo manfo na mpɔtorɔ no fi mo so ne mo afi mu. Asubɔnten Nil no mu de nkutoo na ɛbɛka.” 10 Ɛnna ɔkae sɛ: “Ɔkyena.” Enti Mose kae sɛ: “Ɛbɛba mu sɛnea woaka no, na ama woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn.+ 11 Mpɔtorɔ no befi wo ne w’afi mu ne wo nkoa ne wo man so akɔ. Ɛbɛka Nil no mu de nkutoo.”+

12 Afei Mose ne Aaron fii Farao anim kɔe, na Mose srɛɛ Yehowa sɛ onyi mpɔtorɔ a ɔde aba Farao so no.+ 13 Yehowa yɛɛ Mose abisade no, na mpɔtorɔ a wɔwɔ afi mu, wɔn adiwo, ne wɔn nsaase nyinaa so fii ase wuwui. 14 Na wɔboaboaa wɔn ano sum hɔ akuwakuw pii, na asaase no so fii ase bɔnee. 15 Bere a Farao hui sɛ ahotɔ aba no, opirim ne koma,+ na sɛnea na Yehowa aka no, wantie wɔn.

16 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Teɛ wo poma no na fa bɔ fam, na mfuturu no bɛdan ntummoa* wɔ Egypt asaase so nyinaa.’” 17 Wɔyɛɛ saa; Aaron teɛɛ ne nsa de ne poma no bɔɔ fam, na ntummoa baa nnipa ne mmoa nyinaa so. Na asaase no so mfuturu nyinaa dan ntummoa wɔ Egypt asaase so baabiara.+ 18 Akɔmfo no nso yɛe sɛ wɔreyɛ nyankomade+ ama ntummoa aba, nanso wɔantumi. Ntummoa no baa nnipa ne mmoa so. 19 Enti akɔmfo no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn nsateaa!”+ Nanso Farao kɔɔ so pirim ne koma, na sɛnea na Yehowa aka no, wantie wɔn.

20 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɔre anɔpatutuutu kogyina Farao anim. Hwɛ, ɔreba nsu no ho! Ka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Ma me nkurɔfo no kwan ma wɔnkɔsom me. 21 Na sɛ woamma me nkurɔfo no ankɔ a, mɛma ahurii* aba wo ne wo nkoa ne wo manfo so ne w’afi mu, na ahurii bɛhyɛ Egypt afi ma, na asaase a wɔn nan* sisi so mpo, wɔbɛkata so nyinaa. 22 Saa da no, mɛyɛ Gosen asaase a me nkurɔfo te so no soronko. Ohurii biara renkɔ hɔ,+ na woahu sɛ me Yehowa, mewɔ asaase yi so.+ 23 Na mede ɔhye bɛto me nkurɔfo ne wo nkurɔfo ntam. Mɛyɛ sɛnkyerɛnne yi ɔkyena.”’”

24 Yehowa yɛɛ saa, na ahurii tuu yuu bɛhyɛɛ Farao fi ne ne nkoa afi mu ne Egypt asaase nyinaa so ma.+ Na ahurii no nti, asaase no so sɛee.+ 25 Afei Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔbɔ afɔre mma mo Nyankopɔn wɔ asaase yi so.” 26 Nanso Mose kae sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ saa, efisɛ yɛde ade a Egyptfo kyi na ɛbɛbɔ afɔre ama Yehowa yɛn Nyankopɔn.+ Na sɛ yɛde ade a Egyptfo kyi bɔ afɔre wɔ wɔn anim a, so wɔrensiw yɛn abo? 27 Enti yebetu kwan nnansa akɔbɔ afɔre wɔ sare so ama Yehowa yɛn Nyankopɔn sɛnea waka akyerɛ yɛn no.”+

28 Ɛnna Farao kae sɛ: “Mɛma mo kwan ma moakɔbɔ afɔre ama Yehowa mo Nyankopɔn wɔ sare so. Mmom monnkɔ akyiri pii. Mompa kyɛw mma me.”+ 29 Ɛnna Mose kae sɛ: “Merefi w’anim akɔpa Yehowa kyɛw, na ɔkyena ahurii no befi Farao ne ne nkoa ne ne manfo so akɔ. Nanso hwɛ na Farao annaadaa yɛn* bio anka sɛ ɔremma nkurɔfo no nkɔbɔ afɔre mma Yehowa.”+ 30 Afei Mose fii Farao anim kɔpaa Yehowa kyɛw.+ 31 Enti Yehowa yɛɛ nea Mose bisae no, na ahurii no fii Farao ne ne nkoa ne ne manfo so kɔe; baako mpo anka. 32 Nanso Farao pirim ne koma saa bere yi nso, na wamma nkurɔfo no kwan ankɔ.

9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Hebrifo Nyankopɔn Yehowa aka ni: “Ma me nkurɔfo no kwan ma wɔnkɔsom me.+ 2 Na sɛ wokɔ so siw wɔn kwan na woamma wɔankɔ a, 3 ɛnde hwɛ, Yehowa de ne nsa+ bɛka wo nyɛmmoa a wɔwɔ wuram no. Na ɔbɛma owuyare+ atew asi apɔnkɔ, mfurum, yoma, anantwi ne nguan nyinaa mu. 4 Na Yehowa bɛma nsonsonoe abɛda Israel nyɛmmoa ne Egypt nyɛmmoa ntam, na Israelfo mmoa no mu baako mpo renwu.”’”+ 5 Afei Yehowa hyɛɛ bere; ɔkae sɛ: “Ɔkyena na Yehowa bɛyɛ eyi wɔ asaase no so.”

6 Enti ade kyee no, Yehowa yɛɛ nea ɔkae no, na Egypt nyɛmmoa nyinaa bi fii ase wuwui,+ nanso Israelfo mmoa de, baako mpo anwu. 7 Bere a Farao bisaa mu no, ɔtee sɛ Israelfo no nyɛmmoa no mu baako mpo nwui. Nanso Farao kɔɔ so ara pirim ne koma, na wamma nkurɔfo no ankɔ.+

8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Momfa mo nsa abien nsaw fononoo mu nsõ na Mose ntow mpete wim wɔ Farao anim. 9 Na ɛbɛyɛ sɛ mfuturu akata Egypt asaase nyinaa so, na ɛbɛdan mpɔmpɔ bɔne abobɔ nnipa ne mmoa wɔ Egypt asaase so baabiara.”

10 Enti wɔkɔsaw fononoo mu nsõ, na wobegyinaa Farao anim. Afei Mose tow petee wim na ɛdan mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa. 11 Na mpɔmpɔ no nti akɔmfo a wɔwɔ hɔ no antumi annyina Mose anim, efisɛ na mpɔmpɔ no abobɔ akɔmfo no ne Egyptfo nyinaa.+ 12 Nanso Yehowa maa kwan maa Farao pirim ne koma, na sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Mose no, wantie wɔn.+

13 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɔre anɔpatutuutu kɔ Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Hebrifo Nyankopɔn Yehowa aka ni: “Ma me nkurɔfo no kwan ma wɔnkɔsom me. 14 Efisɛ merehwie mmusu nyinaa agu wo ne wo nkoa ne wo man so, na woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asaase nyinaa so.+ 15 Sɛ mepɛ a, anka ebesi saa bere yi mateɛ me nsa de owuyare abɔ wo ne wo manfo, na mayi* wo afi asaase so. 16 Nanso nea enti a mama woda so te ase ni: mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo, na mema nkurɔfo bɔ me din asaase nyinaa so.+ 17 W’ahomaso nti, woda so ara resiw me nkurɔfo no kwan sɛ woremma wɔnkɔ? 18 Ɔkyena sesɛɛ mɛma asukɔtweaa a emu yɛ duru atɔ, na efi bere a wɔkyekyee Egypt besi nnɛ ebi ntɔe saa da. 19 Enti soma kɔfa wo nyɛmmoa ne biribiara a wowɔ wɔ wuram bra bɛhyɛ fie. Onipa anaa aboa biara a ɔwɔ wuram a wɔamfa no amma fie no, asukɔtweaa no begu no so ma wawu.”’”

20 Farao nkoa a wɔfaa Yehowa asɛm no aniberesɛm no de wɔn nkoa ne wɔn nyɛmmoa baa fie ntɛm, 21 nanso wɔn a wɔamfa Yehowa asɛm anyɛ asɛm no gyaw wɔn nkoa ne wɔn nyɛmmoa wɔ wuram.

22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa kyerɛ soro na asukɔtweaa ntɔ ngu Egypt asaase nyinaa so,+ na emmegu nnipa, mmoa, ne afifide nyinaa so wɔ Egypt asaase so.”+ 23 Enti Mose de ne poma no kyerɛɛ soro, na Yehowa maa aprannaa ne asukɔtweaa ne ogya* pae guu asaase no so, na Yehowa kɔɔ so maa asukɔtweaa no tɔ guu Egypt asaase so. 24 Bere a asukɔtweaa retɔ no, na ogya nso repa yerɛwyerɛw. Ná ano yɛ den paa; efi bere a Egypt bɛyɛɛ ɔman no, na ɛso bi mmaa asaase no so da.+ 25 Asukɔtweaa no pae guu Egypt asaase nyinaa so. Ɛpae guu biribiara a ɛwɔ wuram so, efi nnipa so kosi mmoa so. Ɛsɛee afifide nyinaa, na ebubuu wuram nnua nyinaa.+ 26 Gosen asaase a na Israelfo wɔ so no nkutoo na asukɔtweaa no antɔ wɔ hɔ.+

27 Ɛnna Farao soma kɔfrɛɛ Mose ne Aaron bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afei de, mahu sɛ mayɛ bɔne. Yehowa teɛ, na me ne me man afom. 28 Monsrɛ Yehowa na Onyankopɔn aprannaa ne asukɔtweaa no nnyae, na mɛma mo kwan ma moakɔ; morentena ha bio.” 29 Enti Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ minya fi kurom ha a, mɛtrɛw me nsam wɔ Yehowa anim. Afei aprannaa ne asukɔtweaa no to betwa na woahu sɛ asaase yɛ Yehowa dea.+ 30 Nanso wo ne wo nkoa de, minim paa sɛ eyi mpo remma munsuro Yehowa Nyankopɔn.”

31 Nea esii no sɛee asaawa ne baali,* efisɛ na baali no adu bere a ɛsɛ sɛ wotwa, na asaawa no nso agu nhwiren. 32 Nanso hwiit ne kɔkɔte* de, ansɛe efisɛ na emfifi ntɛm.* 33 Na Mose gyaw Farao hɔ kɔe, na ofii kurow no mu kɔtrɛw ne nsam wɔ Yehowa anim, na aprannaa ne asukɔtweaa no to twae, na osu no gyaee tɔ wɔ asaase no so.+ 34 Bere a Farao hui sɛ osu ne asukɔtweaa ne aprannaa no agyae no, ɔsan yɛɛ bɔne na ɔne ne nkoa koma yɛɛ den.+ 35 Enti Farao kɔɔ so pirim ne koma, na sɛnea na Yehowa nam Mose so aka no, wamma Israelfo no ankɔ.+

10 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn, na mama kwan ma ɔne ne nkoa apirim wɔn koma,+ sɛnea ɛbɛyɛ a meyi me nsɛnkyerɛnne yi adi wɔ n’anim.+ 2 Ɛno bɛma wo nso woaka ama wo mma ne wo mmanana ate nea mede yɛɛ Egypt ne nsɛnkyerɛnne a miyii no adi kyerɛɛ wɔn no,+ na mubehu ampa sɛ mene Yehowa.”

3 Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Hebrifo Nyankopɔn Yehowa aka ni, ‘Wobɛbɔ me so dwae akosi da bɛn?+ Ma me nkurɔfo no kwan ma wɔnkɔsom me. 4 Na sɛ wusen wo kɔn na woamma me nkurɔfo no ankɔ a, ɛnde ɔkyena mɛma ntutummɛ aba w’asaase so. 5 Na wɔbɛkata asaase no so baabiara, na nnipa renhu fam mpo; na biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no a ɛkae no, ntutummɛ no bedi ne nyinaa, na dua biara a ɛrefifi wɔ wuram no, wɔbɛwe.+ 6 Wɔbɛhyɛ w’afi ne wo nkoa nyinaa afi ne Egyptfo nyinaa afi ma, na ɛbɛyɛ biribi a efi bere a w’agyanom ne wo nananom tenaa asaase yi so besi nnɛ, obiara nhuu bi da.’”+ Afei ɔdan ne ho fii Farao anim kɔe.

7 Ɛno akyi no, Farao nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Enkosi da bɛn na saa ɔbarima yi bɛkɔ so ateetee yɛn?* Ma nkurɔfo no nkɔsom wɔn Nyankopɔn Yehowa no. Egypt asɛe yi, enti wunhui?” 8 Ɛnna wɔde Mose ne Aaron san baa Farao anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔsom mo Nyankopɔn Yehowa no. Henanom na wɔbɛkɔ bi?” 9 Na Mose buae sɛ: “Yɛn mmofra, yɛn nkwakoraa ne yɛn mmerewa, yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmea, yɛn nguan ne yɛn anantwi na yɛne wɔn bɛkɔ,+ efisɛ yɛrekodi Yehowa afahyɛ.”+ 10 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mema kwan ma mo ne mo mma kɔ a, ɛnde na Yehowa di mo akyi ampa!+ Mitumi hu paa sɛ adwemmɔne na mukura. 11 Daabi! Mmarima a wɔwɔ mo mu no nkutoo na wobetumi akɔsom Yehowa, efisɛ ɛno na mubebisae.” Ɔkaa saa no, wɔpam wɔn fii Farao anim.

12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa wɔ Egypt asaase so na ntutummɛ mmra Egypt asaase so, na asaase no so afifide nyinaa, nea asukɔtweaa no ansɛe no biara, wɔmmɛwe.” 13 Ɛhɔ ara na Mose teɛɛ ne poma wɔ Egypt asaase so, na da mu no nyinaa, Yehowa maa apuei mframa bɔ faa asaase no so; ɛbɔɔ awia ne anadwo. Ade kyee anɔpa no, apuei mframa no soaa ntutummɛ bae. 14 Afei ntutummɛ no tu baa Egypt asaase no nyinaa so, na wobesum asaase no so baabiara.+ Wɔsɛee ade papaapa.+ Ná ntutummɛ a wɔte saa mmae da, na ɛno akyi nso, ebi amma saa bio da. 15 Wɔkataa asaase no so baabiara maa asaase no so yɛɛ tumm; na wodii asaase no so nhaban ne nnuaba a asukɔtweaa no gyawee nyinaa. Afei, na ahaban momono biara nni dua anaa afuw mu afifide biara so wɔ Egypt asaase nyinaa so.

16 Ntɛm ara na Farao frɛɛ Mose ne Aaron bae, na ɔkae sɛ: “Mayɛ mo Nyankopɔn Yehowa no bɔne, na mo nso, mayɛ mo bɔne. 17 Afei mesrɛ mo, momfa me bɔne nkyɛ me nnɛ nko ara, na monsrɛ mo Nyankopɔn Yehowa mma me na onyi mmusu yi mfi me so.” 18 Enti ofii* Farao anim na ɔkɔsrɛɛ Yehowa.+ 19 Afei Yehowa dan mframa no ani, na atɔe mframa dennen bi bɔe, na ɛtwee ntutummɛ no nyinaa koguu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Ntutummɛ no baako mpo anka Egypt asaase so. 20 Nanso Yehowa maa kwan maa Farao pirim ne koma,+ na wamma Israelfo no ankɔ.

21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa kyerɛ soro na esum mmra Egypt asaase so, esum kabii a woso mu a ɛbɛyɛ yiye.” 22 Ntɛm ara na Mose teɛɛ ne nsa kyerɛɛ soro, na esum kabii baa Egypt asaase nyinaa so nnansa.+ 23 Obiara anhu ne yɔnko anim, na obiara antumi ampue nnansa; nanso baabi a Israelfo te no de, na hann wɔ hɔ.+ 24 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Monkɔsom Yehowa.+ Mo nguan ne mo anantwi nko ara na ɛbɛka ha. Mubetumi de mo mma mpo akɔ.” 25 Nanso Mose kae sɛ: “Wo na wobɛma yɛn* mmoa a yɛde bɛyɛ afɔrebɔde ne nea yɛde bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Yehowa yɛn Nyankopɔn.+ 26 Yɛn nyɛmmoa nso bɛka yɛn ho akɔ. Aboa baako* mpo renka ha, efisɛ wɔn mu bi na yebeyi de abɔ afɔre ama yɛn Nyankopɔn Yehowa, nanso gye sɛ yedu hɔ ansa na yebehu nea yɛde bɛbɔ afɔre ama Yehowa.” 27 Na Yehowa maa kwan maa Farao pirim ne koma, enti wampene so amma wɔankɔ.+ 28 Ɛnna Farao ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi me so kɔ! Hwɛ na woansi m’anim bio, efisɛ da a wobɛba m’anim no, wubewu.” 29 Ɛnna Mose kae sɛ: “Woaka a mate. Merensi w’anim bio.”

11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Aka ɔhaw baako a mede bɛba Farao ne Egypt so. Ɛno akyi ɔbɛma moafi ha akɔ.+ Ɔma mo kwan sɛ monkɔ a, obepiapia mo atiko mpo.+ 2 Afei ka kyerɛ nkurɔfo no sɛ mmarima ne mmea nyinaa, obiara mmisa nea ɔte bɛn no no hɔ nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne nea wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ.”+ 3 Yehowa maa nkurɔfo no nyaa Egyptfo anim dom. Afei nso, Farao nkoa ne nkurɔfo no nyaa obu kɛse paa maa Mose wɔ Egypt asaase so.

4 Ɛnna Mose kae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Mɛba abɛfa Egypt anadwo dasum,+ 5 na abakan biara a ɔwɔ Egypt asaase so bewu,+ efi Farao a ɔte agua so abakan so kosi afenaa a ɔreyam ade wɔ ɔbo* so abakan so, ne ayɛmmoa biara abakan.+ 6 Egypt asaase so nyinaa nkurɔfo besu denneennen. Biribi a ɛte saa nsii da, na ebi nso rensi bio.+ 7 Na Israelni anaa n’ayɛmmoa de, ɔkraman mpo rempow no, na Yehowa de bɛkyerɛ mo sɛ nsonsonoe da Egyptfo ne Israelfo ntam.’+ 8 Wo nkoa nyinaa nso bɛba abɛbɔ wɔn mu ase wɔ m’anim aka sɛ, ‘Wo ne wo nkurɔfo nyinaa nkɔ.’+ Ɛba saa a, afei mɛkɔ.” Ɛnna ɔde abufuw fii Farao anim kɔe.

9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Farao rentie mo,+ na ɛno bɛma mayɛ anwonwade pii wɔ Egypt asaase so.”+ 10 Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi nyinaa wɔ Farao anim,+ nanso Yehowa maa Farao kwan ma opirim ne koma, enti wamma Israelfo no amfi n’asaase so ankɔ.+

12 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Egypt asaase so sɛ: 2 “Bosome yi bɛyɛ abosome no nyinaa mfiase. Ɛbɛyɛ afe no mu bosome a edi kan ama mo.+ 3 Monka nkyerɛ Israel asafo nyinaa sɛ, ‘Bosome yi da a ɛto so du no, abusua biara mpɛ oguan+ baako mma wɔn agya fi, kyerɛ sɛ, ofi biara mpɛ oguan baako. 4 Na sɛ ofi no mufo sua sɛ wɔn nkutoo bɛwe oguan baako a, wɔne wɔn a wɔte bɛn wɔn* no nkyɛ wɔ wɔn fi, sɛnea nnipa* a wɔwɔ hɔ dodow te. Mummu wɔn dodow ano nhu dodow a ɛbɛso obiara, na monkyɛ oguan no mma ɛnso obiara so. 5 Momfa onini a wadi afe a ɔte apɔw;+ ebetumi ayɛ oguan ba anaa apɔnkye ba. 6 Momfa aboa no nsie nkosi bosome yi da a ɛto so 14,+ na Israel asafo mu no nyinaa nkum no anwummere+ a anim rebiribiri.* 7 Na ofi biara a wɔbɛwe wom no, wɔmfa mogya no mfa apongua no nnua abien a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no ne nea ɛwɔ atifi no ho.+

8 “‘Wɔnwe nam no anadwo no ara.+ Wɔmfa ogya ntõtõ na wɔmfa nka paanoo a mmɔkaw* nnim+ ne nhaban a ɛyɛ nwene ho nni.+ 9 Ɛnsɛ sɛ mowe no amono, na ɛnsɛ sɛ mode nsu noa; mmom momfa ogya ntõtõ. Montõtõ ne ti ne ne nan* ne ne yam ade nyinaa. 10 Munnnyaw bi mmma ade nnkye so, na sɛ ebi ka ma ade kye so a, momfa ogya nhyew.+ 11 Munni no saa kwan yi so: Mommɔ abɔso* na monhyɛ mpaboa; momfa poma nkura na munni no ntɛmntɛm. Ɛyɛ Yehowa Twam. 12 Efisɛ mɛba abɛfa Egypt asaase so anadwo yi akunkum Egypt mmakan nyinaa, efi onipa so kosi aboa so.+ Na mebu Egypt anyame nyinaa atɛn.+ Mene Yehowa. 13 Na ofi biara a mowɔ mu no, mogya no bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo. Sɛ mihu mogya no a, metwam akɔ, na sɛ mede ɔsɛe ba Egypt asaase so a, ebi renka mo.+

14 “‘Monyɛ biribi mfa nkae saa da yi wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu; munni no sɛ Yehowa afahyɛ. Munni saa ahyɛde yi so afebɔɔ. 15 Ɛyɛ a momfa nnanson nni paanoo a mmɔkaw nnim.+ Da a edi kan no, munyi mmɔkaw biara mfi mo afi mu, efisɛ onipa* biara a obedi ade a mmɔkaw wom fi da a edi kan kosi da a ɛto so ason no, wobekum* no afi Israelfo mu. 16 Da a edi kan no monyɛ nhyiam kronkron, na da a ɛto so ason no nso monyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma saa bere no;+ aduan a onipa* biara bedi no, ɛno nkutoo na mubetumi ayɛ.

17 “‘Munni Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no,+ efisɛ saa da yi na meyi mo asafodɔm afi Egypt asaase so. Mo awo ntoatoaso nyinaa mu, monkae saa da yi; munni saa ahyɛde yi so afebɔɔ. 18 Bosome a edi kan no da a ɛto so 14 anwummere kosi da a ɛto so 21 anwummere no, munni paanoo a mmɔkaw nnim.+ 19 Na ɛnsɛ sɛ wohu mmɔkaw biara wɔ mo afi mu nnanson, efisɛ obiara a ɔde mmɔkaw bɛka n’ano no, ɔhɔho oo, Israelni oo,+ wobekum no* afi Israel asafo mu.+ 20 Munnni biribiara a mmɔkaw wom. Baabi a mote biara, paanoo a mmɔkaw nnim na ɛsɛ sɛ mudi.’”

21 Ntɛm ara na Mose frɛɛ Israel mpanyimfo+ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma abusua biara nkɔ ne nyɛmmoa mu nkoyi aboa ketewa* baako, na munkum aboa a mode bedi Twam no. 22 Afei momfa sommɛ* mmɔ ne mogya mu wɔ ɔsɛn mu na momfa mfa apongua no dua a ɛwɔ atifi ne abien a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no ho. Mma obiara mmpue mmfi ne fi kosi sɛ ade bɛkye. 23 Ɛba saa na sɛ Yehowa bɛfa ɔman no mu kunkum Egyptfo no a, obehu mogya a ɛwɔ apongua no dua a ɛwɔ atifi ne abien a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no ho no, na Yehowa betwam wɔ saa ɔpon no ho; ɔremma owu* no mma mo afi mu.+

24 “Momma eyi nyɛ ahyɛde a mo ne mo mma bedi so afebɔɔ.+ 25 Na sɛ mudu asaase a Yehowa de bɛma mo no so sɛnea waka no a, monkɔ so nyɛ saa amanne yi.+ 26 Na sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moyɛ saa amanne yi?’+ a, 27 monka sɛ, ‘Ɛyɛ Twam afɔre a yɛbɔ ma Yehowa; ɔno na bere a ɔrekunkum Egyptfo na oduu Israelfo afi ho wɔ Egypt no, otwaam a wamfa ne nsa anka obiara wɔ yɛn afi mu.’”

Ɛnna nkurɔfo no kotow de wɔn anim butubutuw fam. 28 Enti Israelfo no kɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron no.+ Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

29 Eduu anadwo dasum no, Yehowa kum Egypt asaase no so abakan biara,+ efi Farao a ɔte agua so abakan so kosi akoa a ɔda afiase* abakan so. Okum aboa biara nso abakan.+ 30 Farao ne n’ahemfi mpanyimfo ne Egyptfo a wɔaka nyinaa sɔree saa anadwo no, na nkurɔfo sui denneennen wɔ Egypt, efisɛ ofi baako mpo nni hɔ a obi anwu wom.+ 31 Ntɛm pa ara na ɔfrɛɛ Mose ne Aaron+ anadwo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsɔre na mo ne Israelfo a wɔaka nyinaa mfi me man mu nkɔ. Monkɔsom Yehowa sɛnea moaka no.+ 32 Momfa mo nguan ne mo anantwi nso nkɔ sɛnea moaka no.+ Na ɛyɛ a monsrɛ nhyira mma me nso.”

33 Afei Egyptfo no kaa wɔn so sɛ wɔnyɛ ntɛm+ mfi ɔman no mu, na wɔkae sɛ, “Anyɛ saa a, yɛn nyinaa bewuwu!”+ 34 Enti nkurɔfo no faa wɔn mmɔre a ennya nkawee, na wɔde ntama kyekyeree nea wɔfɔtɔw mmɔre wom no de sisii wɔn kɔn ho. 35 Israelfo no yɛɛ nea na Mose aka no; wobisaa nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne nea wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, ne ntama fii Egyptfo no hɔ.+ 36 Yehowa maa nkurɔfo no nyaa Egyptfo anim dom, enti biribiara a wobisae no, wɔde maa wɔn, na wɔwerɛw Egyptfo ho.+

37 Afei Israelfo no fii Ramese+ de wɔn ani kyerɛɛ Sukot.+ Ná wɔnam fam, na na wɔyɛ mmarima bɛyɛ 600,000; wɔankan mmofra anka ho.+ 38 Firamanfiramanfo*+ bebree nso ne wɔn kɔe, na na nguan ne anantwi ne nyɛmmoa ahorow pii nso ka wɔn ho. 39 Afei wɔde esiam a wɔafɔtɔw a wɔde fi Egypt bae no tõõ paanoo nkuruwankuruwa a mmɔkaw nnim. Nea enti a na mmɔkaw nnim ne sɛ wɔpam wɔn fii Egypt, enti wɔannya kwan anyɛ aduan a wobedi wɔ kwan so.+

40 Mfe dodow a Israelfo de tenaa Egypt+ nyinaa si 430.+ 41 Ɛda a wodii mfe 430 wɔ hɔ no, saa da no ara na Yehowa asafodɔm no nyinaa fii Egypt asaase so kɔe. 42 Ɛbɛyɛɛ anadwo a wɔbɛyɛ biribi de akae nea Yehowa yɛ de yii wɔn fii Egypt asaase so no. Israelfo awo ntoatoaso nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi de kae saa anadwo yi de hyɛ Yehowa anuonyam.+

43 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Twam no ho ahyɛde ni: Ɛnsɛ sɛ ɔhɔho biara di bi.+ 44 Nanso sɛ obi wɔ akoa a ɔde sika atɔ no a, muntwa akoa no twetia.*+ Ɛno ansa na obetumi adi bi. 45 Ɔhɔho a wabɛtena mo mu, ne ɔpaani a omfi mo man mu rentumi nni bi. 46 Munni wɔ ofi baako mu. Mommfa nam no bi mmfi fie hɔ nnkɔ abɔnten baabiara, na mummmu ne dompe biara mu.+ 47 Ɛsɛ sɛ Israel asafo nyinaa di saa afahyɛ yi. 48 Sɛ ɔhɔho bi te mo mu na ɔpɛ sɛ odi Twam no bi de hyɛ Yehowa anuonyam a, ma ɔbarima biara a ɔwɔ ne fi ntwa twetia ansa na wabɛn ho sɛ ɔrebedi bi. Ɛno bɛma wayɛ sɛ okuromanni. Nanso ɔbarima biara a ontwaa twetia de, ɛnsɛ sɛ odi bi.+ 49 Mmara koro no ara na okuromanni ne ɔhɔho a wabɛtena mo mu bedi so.”+

50 Enti Israelfo nyinaa yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron no. Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. 51 Da no ara, Yehowa yii Israelfo ne wɔn asafodɔm fii Egypt asaase so.

13 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima* wɔ Israel no, hyira no so* ma me. Sɛ ɔyɛ ɔbarima a odi kan oo, sɛ aboa a ɔyɛ onini a odi kan oo, ɛyɛ me dea.”+

3 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Monkae da a woyii mo fii nkoafi wɔ Egypt no,+ efisɛ Yehowa de nsa a ɛyɛ den na eyii mo fii ha.+ Enti ɛnsɛ sɛ mudi biribiara a mmɔkaw* wom. 4 Morefi ha nnɛ wɔ bosome Abib* mu.+ 5 Sɛ Yehowa de mo du Kaananfo, Hitifo, Amorifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so+ a ɔkaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma mo no so a,+ monyɛ saa amanne yi wɔ bosome yi mu. 6 Ɛsɛ sɛ mudi paanoo a mmɔkaw nnim nnanson,+ na da a ɛto so ason no mubedi Yehowa afahyɛ. 7 Enti munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson;+ na ɛnsɛ sɛ wohu biribiara a mmɔkaw wom wɔ mo nkyɛn+ wɔ mo asaase so baabiara. 8 Saa da no, ka kyerɛ wo ba sɛ, ‘Nea Yehowa yɛ maa me bere a mifii Egypt no nti na mereyɛ eyi.’+ 9 Na eyi bɛyɛ te sɛ ahyɛnsode wɔ wo nsa ho, na ayɛ sɛ biribi wɔ wo moma so* a ɛbɛkae wo.+ Eyi bɛma woaka Yehowa mmara ho asɛm, efisɛ nsa a ɛyɛ den na Yehowa de yii wo fii Egypt. 10 Afe biara, bere no du a, kae na di saa ahyɛde yi so.+

11 “Sɛ Yehowa de wo du Kaananfo asaase so, sɛnea waka wo ne w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo no a,+ 12 abakan biara a ɔyɛ ɔbarima,* ne nyɛmmoa anini a wodi kan a wubenya no, fa ma Yehowa. Wɔyɛ Yehowa dea.+ 13 Afurum ba a odi kan de, fa oguan sesa, anyɛ saa a bu ne kɔn mu. Wo babarima biara a ɔyɛ abakan de, tɔ no.+

14 Na sɛ akyiri yi wo ba bisa wo sɛ, ‘Eyi kyerɛ dɛn?’ a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Yehowa de nsa a ɛyɛ den na eyii yɛn fii nkoafi wɔ Egypt.+ 15 Bere a Farao pirim ne koma kae sɛ ɔremma yɛnkɔ no,+ Yehowa kum abakan biara a ɔwɔ Egypt asaase so, efi onipa so kosi aboa so.+ Ɛno nti na mede anini a wodi kan nyinaa* rebɔ afɔre ama Yehowa no, nanso m’abakan biara de, mɛtɔ no.’ 16 Eyi bɛyɛ te sɛ ahyɛnsode wɔ wo nsa ho, na ayɛ sɛ biribi wɔ wo moma so*+ a ɛbɛkae wo, efisɛ nsa a ɛyɛ den na Yehowa de yii wo fii Egypt.”

17 Na bere a Farao maa wɔn kwan sɛ wɔnkɔ no, ɛwom sɛ na ɔkwan a ɛda Filistifo asaase so no nware, nanso Onyankopɔn amfa wɔn amfa hɔ, efisɛ Onyankopɔn kae sɛ: “Sɛ ɔko bi si a, nkurɔfo no bɛsesa wɔn adwene, na wɔasan akɔ Egypt.” 18 Enti Onyankopɔn ma wɔkɔnwonwan faa sare so wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.+ Na bere a Israelfo no fi Egypt reba nyinaa, na wɔahyehyɛ wɔn sɛ asafodɔm. 19 Mose faa Yosef nnompe nso kaa ne ho kɔe, efisɛ na Yosef ama Israelfo no aka ntam, na ɔkae sɛ: “Ɔkwan biara so Onyankopɔn betwa n’ani abɛhwɛ mo, enti monhwɛ sɛ mode me nnompe bɛka mo ho afi ha akɔ.”+ 20 Afei wofii Sukot kɔsoɛɛ Etarm wɔ sare no ano.

21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam omununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan awia,+ na ɔnam ogya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛma wɔnantewee awia ne anadwo.+ 22 Omununkum dum no amfi wɔn anim awia, na ogya dum no nso amfi wɔn anim anadwo.+

14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ wɔnsan wɔn akyi mmɛsoɛ wɔ Pihahirot anim, Migdol ne ɛpo no ntam.+ Na wɔmfa wɔn ani nkyerɛ Baal-Sefon wɔ ɛpo no ho. 3 Na Farao bɛka sɛ, ‘Israelfo no ayera ma wɔn ani so atan wɔn wɔ asaase no so. Wonnya baabiara mfa wɔ sare no so.’ 4 Mɛma kwan ama Farao koma apirim+ na obetiw wɔn, na mede Farao ne n’asraafodɔm bɛhyɛ me ho anuonyam,+ na nea ɛte biara Egyptfo behu sɛ mene Yehowa.”+ Enti wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

5 Akyiri yi, Egypt hene tee sɛ nkurɔfo no aguan. Ɛhɔ ara na Farao ne ne nkoa sesaa wɔn adwene wɔ Israelfo no ho,+ na wɔkae sɛ: “Dɛn koraa na yɛayɛ yi? Israelfo a yɛama wɔkɔ yi, hena na ɔbɛsom yɛn?” 6 Enti ɔhyehyɛɛ ne nteaseɛnam, na ɔfaa ne dɔm kaa ne ho.+ 7 Ɔfaa nteaseɛnam atitiriw 600, na ɔde Egypt nteaseɛnam a aka nyinaa kaa ho, na ɔpaw akofo a wɔbɛtena emu biara mu. 8 Na Yehowa maa kwan maa Egypt hene Farao pirim ne koma, enti bere a Israelfo no de akokoduru* rekɔ no,+ otiw wɔn. 9 Egyptfo no tiw wɔn,+ na Farao nteaseɛnam, n’apɔnkɔ, ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so, ne n’asraafodɔm nyinaa bɛn wɔn pɛɛ; saa bere no, na Israelfo no asoɛ wɔ ɛpo no ho wɔ Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanim no.

10 Bere a Farao bɛn Israelfo no, wɔmaa wɔn ani so hui sɛ Egyptfo no di wɔn akyi. Ɛbaa saa no, Israelfo no bɔɔ hu na wofii ase su frɛɛ Yehowa.+ 11 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Amusiei biara nni Egypt nti na wode yɛn aba sɛ yemmewuwu wɔ sare so ha yi?+ Adɛn nti koraa na wuyii yɛn fii Egypt baa ha? 12 Yɛanka ankyerɛ wo wɔ Egypt sɛ, ‘Gyae ma yɛnsom Egyptfo no’? Anka eye sɛ yɛbɛsom Egyptfo no mmom sen sɛ yebewuwu wɔ sare so.”+ 13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro.+ Munnyina pintinn na monhwɛ sɛnea nnɛ Yehowa begye mo nkwa.+ Na Egyptfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio da.+ 14 Mo de, monyɛ komm nhwɛ, na Yehowa ankasa bɛko ama mo.”+

15 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Adɛn nti na wusu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfo no sɛ wɔntoa akwantu no so. 16 Wo de, fa wo poma no kyerɛ ɛpo no so, na emu bɛpae ama Israelfo no anantew asaase kesee so wɔ ɛpo no mfinimfini. 17 Na me de, mɛma kwan ama Egyptfo no apirim wɔn koma na wɔatiw Israelfo no, na mede Farao, n’asraafodɔm, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so bɛhyɛ me ho anuonyam.+ 18 Na sɛ mede Farao, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so hyɛ me ho anuonyam a, Egyptfo no behu sɛ mene Yehowa.”+

19 Afei nokware Nyankopɔn no bɔfo+ a na odi Israel asafo no anim no bedii wɔn akyi, na omununkum dum no nso fii wɔn anim bedii wɔn akyi.+ 20 Enti ɛbɛhyɛɛ Egyptfo dɔm ne Israel asafo no mfinimfini.+ Ɔfã baako no, na ɛyɛ omununkum tumm, na ɔfã foforo no nso maa hann anadwo no.+ Enti Egyptfo no anto Israelfo no anadwo no nyinaa.

21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ ɛpo no so+ na Yehowa maa apuei mframa dennen bɔe anadwo no nyinaa, na epiaa nsu no kɔɔ akyi maa ɛpo no ase dan asaase kesee.+ Na nsu no mu paee abien.+ 22 Enti Israelfo no faa asaase a awo no so wɔ ɛpo no mfinimfini,+ na nsu no yɛɛ ɔfasu wɔ wɔn nifa ne wɔn benkum.+ 23 Egyptfo no, Farao apɔnkɔ, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so no nyinaa tiw wɔn koduu ɛpo no mfinimfini.+ 24 Eduu ahemanakye no,* Yehowa fi ogya ne omununkum dum+ no mu hwɛɛ Egyptfo dɔm no na ɔmaa wɔn ani so tan wɔn. 25 Afei otutuu wɔn nteaseɛnam no anan na ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔbɛkɔ, na Egyptfo no kae sɛ: “Momma yenguan mfi Israelfo no anim, efisɛ Israelfo nti Yehowa ne Egyptfo reko.”+

26 Ɛno akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa wɔ ɛpo no so na nsu no mmu mfa Egyptfo, wɔn nteaseɛnam, ne wɔn nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so no so.” 27 Ɛhɔ ara na Mose teɛɛ ne nsa wɔ ɛpo no so, na ade rekye no, nsu no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfo no yɛe sɛ wɔreguan, nanso Yehowa kaa wɔn guu ɛpo no mfinimfini.+ 28 Enti Farao nteaseɛnam, ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so, ne n’asraafodɔm a wotiw Israelfo kɔɔ ɛpo no mu nyinaa, nsu no bɛkataa wɔn so.+ Wɔn mu baako mpo anka.+

29 Nanso Israelfo no faa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfinimfini,+ na nsu no yɛɛ ɔfasu wɔ wɔn nifa ne wɔn benkum.+ 30 Enti saa da no Yehowa gyee Israelfo fii Egyptfo no nsam,+ na Israelfo hui sɛ Egyptfo no awuwu gu ɛpo no ano. 31 Bere a Israelfo huu tumi* kɛse a Yehowa de ko tiaa Egyptfo no, ɛma wofii ase suroo Yehowa, na wogyee Yehowa ne n’akoa Mose dii.+

15 Saa bere no, Mose ne Israelfo too dwom yi de kamfoo Yehowa sɛ:+

“Mɛto dwom ama Yehowa, efisɛ n’anuonyam ayɛ kɛse.+

Ɔpɔnkɔ ne nea ɔte no so nyinaa, waka wɔn agu ɛpo mu.+

 2 Yah* ne m’ahoɔden ne me tumi, efisɛ ɔno ne me nkwagye.+

Me Nyankopɔn ni, meyi no ayɛ;+ Onyankopɔn a me papa som no no ni,+ mɛkamfo no.+

 3 Yehowa yɛ ɔko mu ɔkatakyi.+ Ne din ne Yehowa.+

 4 Farao nteaseɛnam ne n’asraafodɔm nyinaa, waka wɔn agu ɛpo mu,+

N’akofo a wɔyɛ akatakyi paa no amem wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu.+

 5 Nsu no bu faa wɔn so; wɔkɔɔ ase tɔnn te sɛ ɔbo.+

 6 O Yehowa, tumi ahyɛ wo nsa nifa ma;+

O Yehowa, wo nsa nifa bubu atamfo.

 7 W’anuonyam kɛse mu na wode wɔn a wɔsɔre tia wo no hwe fam;+

Wosoma w’abufuhyew, na ɛhyew wɔn sɛ sare.

 8 Mframa a efi wo hwene mu kaa nsu boaa ano;

Egyinae dinn, na nsu a ayiri no ammu amfa so;

Nsu a ɛrebu fa so no yɛɛ te sɛ nsukyenee wɔ ɛpo no mfinimfini.

 9 Ɔtamfo no kae sɛ: ‘Metiw wɔn; mɛto wɔn!

Mɛkyɛ wɔn ho nneɛma kosi sɛ me koma bɛtɔ me yam!*

Mɛtwe me sekan! Me nsa bedi wɔn so nkonim!’+

10 Wuhuw mframa, na ɛpo kataa wɔn so;+

Wɔkɔɔ ase tɔnn te sɛ dade a emu yɛ duru* wɔ nsu kɛse mu.

11 O Yehowa, anyame no mu hena na ɔte sɛ wo?+

Hena na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?+

Wo na ɛsɛ sɛ wosuro wo na wɔde nnwom yi wo ayɛ; wo na woyɛ anwonwade.+

12 Woteɛɛ wo nsa nifa, na asaase menee wɔn.+

13 Wo dɔ a enni huammɔ nti, wudii ɔman a woagye wɔn no anim;+

Wode wo tumi bɛkyerɛ wɔn kwan akɔ wo tenabea kronkron hɔ.

14 Nkurɔfo bɛte+ na wɔabɔ hu;

Filistifo ho bɛyeraw wɔn paa.*

15 Saa bere no, ehu bɛka Edom abusua mpanyimfo;

Moab atumfo* ho bɛpopo.+

Na Kaanan nyinaa koma betu.+

16 Ehu bɛma wɔn ho awosow biribiribiri.+

Wo basa kɛse no nti wɔrenkeka wɔn ho; wɔbɛyɛ te sɛ ɔbo

Kosi sɛ wo, Yehowa, wo man betwam,

Kosi sɛ ɔman a woanya wɔn no+ betwam akɔ.+

17 Wode wɔn bɛba na woabedua wɔn wo bepɔw so,+ w’agyapade so,

Faako a wo, Yehowa, woasiesie sɛ wobɛtena,

Tenabea kronkron a wo, Yehowa, wode wo nsa ayɛ no.

18 Yehowa bedi hene daa daa.+

19 Bere a Farao apɔnkɔ, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so no kɔɔ ɛpo no mu no,+

Yehowa maa ɛpo no bɛkataa wɔn so,+

Nanso Israelfo no de, wɔfaa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfinimfini.”+

20 Ɛnna odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa mpintin kurae, na mmea no nyinaa de mpintin ne asaw dii n’akyi. 21 Na Miriam gyee mmarima no so sɛ:

“Monto dwom mma Yehowa, efisɛ n’anuonyam ayɛ kɛse.+

Ɔpɔnkɔ ne nea ɔte no so nyinaa, waka wɔn agu ɛpo mu.”+

22 Akyiri yi, Mose dii Israelfo no anim ma wofii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur sare so, na wotwaa kwan nnansa wɔ sare no so, nanso wɔannya nsu. 23 Wobeduu Mara,*+ nanso na ɛhɔ nsu no yɛ nwene, enti wɔantumi annom. Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Mara no. 24 Ɛnna nkurɔfo no fii ase nwiinwii tiaa Mose sɛ:+ “Dɛn na yɛbɛnom?” 25 Enti osu frɛɛ Yehowa,+ na Yehowa kyerɛɛ no dua bi. Bere a ɔde too nsu no mu no, ɛyɛɛ dɛ.

Ɛhɔ na Onyankopɔn maa wɔn ahyɛde ne atemmusɛm, na ɛhɔ na ɔsɔɔ wɔn hwɛe.+ 26 Ɔkae sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso tie Yehowa wo Nyankopɔn na woyɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so, na wutie ne mmara, na wudi n’ahyɛde nyinaa so a,+ nyarewa a mede baa Egyptfo so no, meremfa emu biara mma wo so,+ efisɛ me Yehowa na meresa wo yare.”+

27 Ɛno akyi no, wobeduu Elim, na na asuti 12 ne mmedua 70 wɔ hɔ. Enti wɔsoɛɛ nsu no ho.

16 Bere a wotu fii Elim no, akyiri yi Israel asafo no nyinaa baa Sin sare+ a ɛwɔ Elim ne Sinai ntam no so. Ɛyɛ bere a wofii Egypt asaase so no akyi bosome a ɛto so abien no da a ɛto so 15.

2 Afei Israel asafo no nyinaa fii ase nwiinwii tiaa Mose ne Aaron wɔ sare no so.+ 3 Israelfo no guan wɔn ho sɛ: “Sɛ ɛyɛ bere a yɛwɔ Egypt asaase so tena kwansɛn ho we nam,+ na yedi paanoo mee no mpo na Yehowa kunkum yɛn a, anka yɛpɛ. Seesei mode yɛn aba sare yi so sɛ ɔkɔm nkunkum asafo mu yi nyinaa.”+

4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mɛma aduan atɔ afi soro ama mo,+ na da biara obiara mpue nkɔfa nea ɛbɛso no da koro,+ na mede bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wobedi me mmara so anaa wɔrenni so.+ 5 Nanso da a ɛto so asia no+ de, nea wɔfa daa no, wɔmfa no mmɔho+ na wonsiesie.”

6 Enti Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa sɛ: “Anwummere mubehu sɛ Yehowa na oyii mo fii Egypt asaase so ampa.+ 7 Anɔpa mubehu Yehowa anuonyam, efisɛ Yehowa ate anwiinwii a munwiinwii tia no no. Yɛn de, yɛne hena a munwiinwii tia yɛn?” 8 Mose toaa so sɛ: “Sɛ anwummere Yehowa ma mo nam we na anɔpa nso ɔma mo aduan di mee a, ɛno na mubehu sɛ Yehowa ate anwiinwii a munwiinwii tia no no. Yɛn de yɛne hena? Yehowa na munwiinwii tia no, na ɛnyɛ yɛn.”+

9 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Ka kyerɛ Israel asafo no sɛ, ‘Mommra Yehowa anim, efisɛ wate mo anwiinwii no.’”+ 10 Bere a Aaron kasa kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa wiei no, Israelfo no dan wɔn ani kyerɛɛ sare no so. Wɔnkɔhwɛ a, Yehowa anuonyam na apue wɔ omununkum mu yi.+

11 Yehowa ne Mose san kasae sɛ: 12 “Mate Israelfo anwiinwii no.+ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Anwummere* mobɛwe nam, na anɔpa moadi aduan amee,+ na mubehu sɛ ampa mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+

13 Na eduu anwummere no, mmoko* bɛhyɛɛ asoɛe hɔ ma,+ na anɔpa no obosu bɛkataa asoɛe no ho nyinaa hyiae. 14 Bere a obosu no woe no, wohui sɛ ade nketenkete bi gugu sare no so+ te sɛ asukɔtweaa. 15 Bere a Israelfo no hui no, wobisabisaa wɔn ho sɛ: “Dɛn ni?” Ná wonnim ade ko. Enti Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ aduan a Yehowa de ama mo sɛ munni.+ 16 Ahyɛde a Yehowa de ama mo ne sɛ, ‘Obiara mfa dodow a obetumi adi. Monhwɛ nnipa* a wɔwɔ mo ntamadan mu na munhu dodow a mobɛfa, obiara mfa omer*+ baako.’” 17 Israelfo no yɛɛ saa; ebinom faa pii na ebinom nso faa kakraa bi. 18 Sɛ wɔde omer susuw a, nea ɔfaa pii no annya ammoro so, na nea ɔfaa kakraa bi no nso de soo no.+ Obiara faa nea obetumi adi.

19 Afei Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obiara gyaw bi ma ade kye so.”+ 20 Nanso wɔantie Mose. Ebinom gyaw bi ma ade kyee so, na ɛdɔɔ mmoawa ma ɛbɔnee, enti Mose bo fuw wɔn. 21 Anɔpa biara obiara kɔfa nea obetumi adi. Na sɛ owia ano yɛ den a, na anan.

22 Da a ɛto so asia no, wɔfaa aduan no mmɔho abien,+ obiara faa omer abien. Enti Israel mpanyimfo nyinaa bɛbɔɔ Mose amanneɛ. 23 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nea Yehowa aka ni: Ɔkyena yɛ homeda, homeda kronkron ma Yehowa.+ Nea mobɛtõ no montõ, na nea mobɛnoa nso monnoa.+ Na nea ɛbɛka no, momfa nsie nkosi anɔpa.” 24 Enti wɔde siei kosii anɔpa, sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na ammɔn na annɔ mmoawa nso. 25 Ɛnna Mose kae sɛ: “Munni no nnɛ, efisɛ nnɛ yɛ homeda ma Yehowa. Ɛnnɛ de, mokɔ a morennya bi wɔ sare no so. 26 Nnansia na mobɛsesaw, na da a ɛto so ason no de, ebi rentɔ, efisɛ ɛyɛ Homeda.”+ 27 Da a ɛto so ason no, ebinom kɔe sɛ wɔrekɔfa bi, nanso wɔannya bi.

28 Ɛnna Yehowa bisaa Mose sɛ: “Mubebu m’ahyɛde ne me mmara so akosi da bɛn?+ 29 Monkae sɛ Yehowa ama mo Homeda.+ Ɛno nti na da a ɛto so asia no wama mo aduan a mubedi no nnanu no. Enti da a ɛto so ason no, obiara ntena baabi a ɔwɔ; mma ɔnkɔ baabiara.” 30 Enti da a ɛto so ason no, ɔman no dii Homeda.*+

31 Israelfo frɛɛ aduan no “mana.”* Ɛte sɛ aba fitaa ketewa bi, na ne dɛ te sɛ keeki a ɛwo wom.+ 32 Afei Mose kae sɛ: “Yehowa aka sɛ, ‘Monhyɛ omer ma na monkora so wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu aduan a mede maa mo dii wɔ sare so bere a miyii mo fii Egypt asaase so no.’” 33 Enti Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Fa ahina na hyɛ mana omer baako gu mu na fa si Yehowa anim, na monkora so wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu.”+ 34 Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, Aaron de kosii Adanse Adaka*+ no anim sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkora so. 35 Israelfo no dii mana mfe 40+ kosii sɛ woduu asaase a nkurɔfo te so so.+ Mana na wodii kosii sɛ woduu Kaanan hye so.+ 36 Ná omer yɛ efa susude nkyem du mu baako.*

17 Israel asafo nyinaa tu fii Sin sare no so.+ Sɛ wotu fi ha a, na wɔkɔ baabi foforo sɛnea Yehowa bɛka sɛ wɔnyɛ no,+ na akyiri yi wɔkɔsoɛɛ Refidim.+ Nanso na nsu nni hɔ a ɔman no bɛnom.

2 Enti ɔman no ne Mose hamee,+ na wɔkae sɛ: “Ma yɛn nsu nnom.” Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo ne me reham? Adɛn nti na mokɔ so sɔ Yehowa hwɛ?”+ 3 Ná osukɔm de nkurɔfo no wɔ hɔ, enti ɔman no nwiinwii tiaa Mose sɛ:+ “Adɛn nti na woayi yɛn afi Egypt aba ha sɛ osukɔm mmekunkum yɛne yɛn mma ne yɛn nyɛmmoa?” 4 Ɛnna Mose su frɛɛ Yehowa sɛ: “Dɛn na menyɛ ɔman yi? Aka kakraa bi na wɔasiw me abo!”

5 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa poma a wode bɔɔ Asubɔnten Nil mu no kura;+ fa Israel mpanyimfo no bi ka wo ho, na di ɔman no anim kɔ. 6 Hwɛ, megyina w’anim wɔ Horeb botan so. Fa poma no bɔ ɔbotan no, na nsu befi mu aba ama ɔman no anom.”+ Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanyimfo no anim. 7 Na ɔfrɛɛ hɔ Masa*+ ne Meriba,*+ efisɛ ɛhɔ na Israelfo no ne Mose hamee, na ɛhɔ na wɔsɔɔ Yehowa hwɛe.+ Wobisae sɛ: “Yehowa wɔ yɛn mu anaa onni yɛn mu?”

8 Ɛno akyi Amalekfo+ ne Israelfo bɛkoe wɔ Refidim.+ 9 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yosua+ sɛ: “Paw mmarima ma wɔne Amalekfo nkɔko. Ɔkyena mekura nokware Nyankopɔn no poma no akogyina koko no so.” 10 Na Yosua yɛɛ nea Mose ka kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ.+ Ɔne Amalekfo no kɔkoe, na Mose ne Aaron ne Hur+ foro kogyinaa koko no so.

11 Sɛ Mose ma ne nsa so kɔ soro a, na Israelfo no redi nkonim, nanso sɛ ogyaa ne nsa mu ba fam a, na Amalekfo no redi nkonim. 12 Bere a Mose nsa gyenee no, Aaron ne Hur faa ɔbo de no tenaa so, na wosusoo ne nsa mu. Ná ɔbaako wɔ benkum na ɔbaako nso wɔ nifa, na ne nsa amma fam kosii sɛ owia kɔtɔe. 13 Enti Yosua de sekan dii Amalek ne ne dɔm so nkonim.+

14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kyerɛw eyi wɔ nhoma no mu na ɛnkae mo, na si so dua kyerɛ Yosua sɛ, ‘Mɛpopa Amalekfo, na wɔrenkae wɔn bio da wɔ ɔsoro ase.’”+ 15 Mose sii afɔremuka na ɔtoo din Yehowa-Nisi,* 16 na ɔkae sɛ: “Esiane sɛ wɔama wɔn nsa so atia Yah+ ahengua nti, Yehowa ne Amalek bɛko wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.”+

18 Na Mose asebarima Yetro a ɔyɛ Midian sɔfo+ no tee nea Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel ne sɛnea Yehowa yii Israel fii Egypt no nyinaa.+ 2 Enti Mose ase Yetro faa Mose yere Sipora a na Mose ama ɔkɔ ne nkyɛn no, 3 na ɔfaa ne mma mmarima baanu+ no kaa ho. Ɔbaako din de Gersom,*+ efisɛ Mose kae sɛ, “Meyɛ ɔhɔho a mabɛtena ananafo asaase so,” 4 na nea ɔka ho no nso de Elieser,* efisɛ ɔkae sɛ, “Onyankopɔn a m’agya som no no ne me boafo, na ɔno na ogyee me fii Farao sekan ano.”+

5 Enti Mose ase Yetro, ne Mose yere, ne ne mma no baa Mose nkyɛn wɔ sare no so, nokware Nyankopɔn no bepɔw no ho.+ 6 Afei ɔsoma ma wɔkɔbɔɔ Mose amanneɛ sɛ: “Me, w’ase Yetro,+ ne wo yere ne ne mma baanu no reba wo nkyɛn.” 7 Ntɛm ara na Mose fii adi kohyiaa n’ase, na ɔbɔɔ ne mu ase few n’ano, na obiara bisaa ne yɔnko sɛnea ne ho te. Afei wɔkɔɔ ntamadan mu.

8 Mose kaa nea Israel nti Yehowa de yɛɛ Farao ne Egypt no nyinaa+ ho asɛm kyerɛɛ n’ase. Na amane a wohui wɔ kwan so+ ne sɛnea Yehowa gyee wɔn no nyinaa nso, ɔka kyerɛɛ no. 9 Bere a Yetro tee nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama Israel no nyinaa, ne gye a ogyee wɔn fii Egypt nsam no, n’ani gyei. 10 Ɛnna Yetro kae sɛ: “Ayeyi nka Yehowa; ɔno na wagye mo afi Egypt ne Farao nsam, na ɔno na wayi nkurɔfo no afi Egypt nkoasom mu. 11 Sɛ mehwɛ nea Yehowa de baa Egyptfo so bere a wɔredi Israelfo so ahantansɛm no a, ama mahu sɛ ɔso sen anyame a aka no nyinaa.”+ 12 Afei Mose ase Yetro bɔɔ* ɔhyew afɔre ne afɔre foforo maa Onyankopɔn, na Aaron ne Israel mpanyimfo nyinaa ne Mose ase didii wɔ nokware Nyankopɔn no anim.

13 Ade kyee no, Mose tenaa ase sɛ ɔrebu atɛn sɛnea daa ɔyɛ no, na nkurɔfo no begyinaa Mose so fi anɔpa kosii anwummere. 14 Bere a Mose ase huu nea ɔreyɛ ma nkurɔfo no, obisae sɛ: “Dɛn na woreyɛ ɔman yi? Adɛn nti na wo nkutoo wote hɔ na nnipa yi nyinaa abegyina wo so fi anɔpa kosi anwummere?” 15 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ n’ase sɛ: “Efisɛ nkurɔfo no ba me nkyɛn begye akwankyerɛ fi Onyankopɔn hɔ. 16 Sɛ asɛm bi si wɔ nnipa baanu ntam a, wɔde ba ma midi, na mema wohu nokware Nyankopɔn no adwene ne ne mmara.”+

17 Ɛnna Mose ase ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea woreyɛ no nye. 18 Woyɛ saa a, wo ne ɔman a wɔka wo ho yi nyinaa bɛbrɛ, efisɛ adwuma no boro wo so. Wo nkutoo rentumi nyɛ. 19 Afei tie me. Metu wo fo, na Onyankopɔn bedi w’akyi.+ Wo de, gyina ɔman no ananmu wɔ nokware Nyankopɔn no anim,+ na fa wɔn nsɛm bra nokware Nyankopɔn no anim.+ 20 Kyerɛ wɔn ahyɛde ne mmara no,+ na ma wonhu ɔkwan a wɔmfa so ne adwuma a wɔnyɛ. 21 Afei hwɛ nkurɔfo no mu paw mmarima a wɔfata,+ wosuro Onyankopɔn, mmarima anokwafo a wɔmpɛ mfaso bɔne;+ paw wɔn sɛ mpanyimfo wɔ nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara so.+ 22 Na sɛ asɛm bi si a, wommu nkurɔfo no atɛn, nanso asɛm a emu yɛ duru de, wɔmfa mmrɛ wo; na nsɛm nketenkete de, wɔn ankasa nni.+ Enti ma wɔmmoa wo na adwuma no nyɛ mmerɛw mma wo.+ 23 Sɛ woyɛ eyi, na Onyankopɔn pene so a, ɛnde woremmrɛ, na obiara de akomatɔyam bɛkɔ fie.”

24 Mose antwentwɛn ne nan ase koraa; otiee n’ase no, na ɔyɛɛ nea ɔka kyerɛɛ no no nyinaa. 25 Ɛnna Mose paw Israelfo no mu mmarima a wɔfata yɛɛ wɔn mpanyimfo wɔ nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara so. 26 Enti bere biara a asɛm bi besi no, na wobu nkurɔfo no atɛn. Nanso asɛm a emu yɛ duru no, wɔde brɛ Mose,+ na nsɛm nketenkete no de, wɔn ankasa di. 27 Ɛno akyi no, Mose gyaa n’ase+ kwan ma ɔkɔɔ n’asaase so.

19 Bere a Israelfo fii Egypt asaase so no, bosome a ɛto so abiɛsa no, saa da no ara na wokoduu Sinai sare so. 2 Wotu fii Refidim+ kɔɔ Sinai sare so, na wɔsoɛe wɔ hɔ. Bepɔw no anim na Israelfo no soɛe.+

3 Afei Mose foro kɔɔ bepɔw no so kogyinaa nokware Nyankopɔn no anim, na Yehowa frɛɛ no fii bepɔw no so kae sɛ:+ “Ka kyerɛ Yakob fi, na ma Israelfo no aso nte sɛ, 4 ‘Mo ankasa moahu nea mede yɛɛ Egyptfo no;+ mesoaa mo sɛnea ɔkɔre soa ne mma wɔ ne ntaban so de mo baa me nkyɛn.+ 5 Enti sɛ mutie me wɔ biribiara mu na mudi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ m’agyapade titiriw* wɔ aman nyinaa mu,+ efisɛ asaase nyinaa yɛ me dea.+ 6 Na mobɛyɛ ahemman a emufo yɛ asɔfo ne ɔman kronkron ama me.’+ Nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfo no.”

7 Enti Mose kɔe, na ɔfrɛɛ ɔman no mu mpanyimfo no de asɛm a Yehowa kae no nyinaa too wɔn anim.+ 8 Ɛnna ɔman no nyinaa boom buae sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa, yɛbɛyɛ.”+ Ntɛm ara, Mose san kɔɔ Yehowa hɔ de asɛm a ɔman no kae no kɔtoo n’anim. 9 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, mɛba wo nkyɛn wɔ omununkum tumm mu na sɛ me ne wo rekasa a, ɔman no ate, na ama wɔagye wo nso adi bere nyinaa.” Ɛnna Mose de asɛm a nkurɔfo no kae no too Yehowa anim.

10 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ nkurɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ɛnnɛ ne ɔkyena wonnwira* wɔn ho, na wɔnhwɛ sɛ wɔbɛhoro wɔn ntaade. 11 Afei wonsiesie wɔn ho mma da a ɛto so abiɛsa no, efisɛ da a ɛto so abiɛsa no Yehowa besian aba Sinai Bepɔw so wɔ ɔman no nyinaa anim. 12 To ɔhye fa bepɔw no ho nyinaa ma nkurɔfo no, na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Monhwɛ yiye na moamforo amma bepɔw no so, na monhwɛ na moamma ho amfa mo nsa ammɛka. Nea ɔde ne nsa bɛka bepɔw no, wobekum no. 13 Onii a obebu mmara no so no, mma obiara mmfa ne nsa nnso no mu, mmom wonsiw no abo anaa wɔntow ade nwɔ no.* Aboa oo, onipa oo, ɔrentena ase.’+ Sɛ wɔte abɛn* nnyigyei a,+ wɔmmra bepɔw no ho.”

14 Afei Mose sian fii bepɔw no so kɔɔ nkurɔfo no nkyɛn, na ofii ase dwiraa ɔman no ho, na wɔhoroo wɔn ntaade.+ 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munsiesie mo ho mma da a ɛto so abiɛsa no. Ɔbarima biara nhwɛ na ɔne ne yere anna.”*

16 Da a ɛto so abiɛsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam paapaee, na omununkum kusuu+ bɛkataa bepɔw no so, na abɛn bi gyigyei denneennen, na ɔmanfo a wɔwɔ asoɛe hɔ no nyinaa ho popoe.+ 17 Afei Mose de ɔmanfo no fii asoɛe hɔ begyinaa bepɔw no ase sɛ wɔrebehyia nokware Nyankopɔn no. 18 Na wusiw bɛkataa Sinai Bepɔw nyinaa so te sɛ fononoo mu wusiw, efisɛ Yehowa nam ogya mu+ sian baa so, na bepɔw no nyinaa wosowee denneennen.+ 19 Bere a abɛn no ano yɛɛ den paa no, Mose kasae, na nokware Nyankopɔn no de nne kɛse gyee so.

20 Enti Yehowa sian baa Sinai Bepɔw no atifi. Afei Yehowa frɛɛ Mose sɛ ɔmmra bepɔw no so, na Mose foro kɔe.+ 21 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔbɔ nkurɔfo no kɔkɔ sɛ mma wɔnnyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɛn Yehowa abɛhwɛ no, anyɛ saa a wɔn mu pii bewuwu. 22 Na asɔfo a wɔba Yehowa anim daa no, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔntew wɔn ho, na Yehowa ankum wɔn.”+ 23 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ɔman no rentumi mma Sinai Bepɔw so, efisɛ woabɔ yɛn kɔkɔ dedaw sɛ, ‘To ɔhye fa bepɔw no ho nyinaa, na yɛ no kronkron.’”+ 24 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Si fam kɔ na sɛ woreba a, wo ne Aaron mforo mmra; nanso mma asɔfo no ne ɔman no mmforo mmma Yehowa nkyɛn na wankum wɔn.”+ 25 Enti Mose sian kɔɔ ɔman no nkyɛn kɔbɔɔ wɔn amanneɛ.

20 Afei Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ:+

2 “Mene Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii nkoafi wɔ Egypt asaase so no.+ 3 Nsom onyame foforo biara nka me ho.*+

4 “Nyɛ ohoni a wɔasen biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asaase ase sɛso biara mfa.+ 5 Nkotow wɔn na mma biribiara nntwetwe wo mma wonkɔsom wɔn,+ efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ Na agyanom a wɔtan me no, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom so, 6 na wɔn a wɔdɔ me na wodi me mmara so+ de, meda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn kosi wɔn awo ntoatoaso a ɛto so apem so.

7 “Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agoru,+ efisɛ Yehowa remma nea ɔde ne din di agoru no mfa ne ho nni.+

8 “Kae Homeda no na yɛ no kronkron.+ 9 Adwuma biara a wowɔ yɛ no, fa nnansia yɛ,+ 10 nanso da a ɛto so ason no de, ɛyɛ Homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn. Nyɛ adwuma biara; w’ankasa oo, wo babarima anaa wo babea oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’afieboa oo, ɔhɔho a ɔte wo kurom* oo, ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma.+ 11 Efisɛ Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne ɛhɔ nneɛma, asaase ne ɛso nneɛma, ne ɛpo ne emu nneɛma nyinaa, na da a ɛto so ason no, ofii ase homee.+ Ɛno nti na Yehowa hyiraa Homeda so yɛɛ no kronkron no.

12 “Di wo papa ne wo maame ni+ na woanyin akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+

13 “Nni awu.+

14 “Nsɛe aware.+

15 “Mmɔ korɔn.+

16 “Nni wo yɔnko ho adanse a ɛnyɛ nokware.*+

17 “Mma w’ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere,+ n’akoa, n’afenaa, ne nantwi, anaa n’afurum. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.”+

18 Afei nkurɔfo no nyinaa huu anyinam ne bepɔw a ɛrefi wusiw no, na wɔtee aprannaa ne abɛn nnyigyei no. Bere a wohui no, wɔn ho popoe na wokogyinaa akyirikyiri.+ 19 Enti wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo de, wo ne yɛn nkasa na yebetie, na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa na yɛanwuwu.”+ 20 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro, efisɛ nokware Nyankopɔn no aba sɛ ɔrebɛsɔ mo ahwɛ+ na ama moasuro no daa, na moanyɛ bɔne.”+ 21 Na ɔman no kɔɔ so gyinaa akyirikyiri, nanso Mose bɛn omununkum tumm no, faako a nokware Nyankopɔn no wɔ no.+

22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Mo ankasa moahu sɛ ɔsoro na mifi ne mo kasae.+ 23 Monnyɛ dwetɛ anyame nnsom wɔn nnka me ho, na monnyɛ sika kɔkɔɔ anyame biara.+ 24 Fa dɔte yɛ afɔremuka ma me, na fa wo nguan ne w’anantwi bɔ afɔre wɔ so, na ɛso na wobɛbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Baabiara a mɛma wɔakae me din no,+ mɛba wo nkyɛn abehyira wo. 25 Sɛ wode abo reyɛ afɔremuka ama me a, mfa nnwinnade nsew ho.*+ Sɛ wode kyesel ka pɛ, woagu ho fĩ. 26 Afei ɛnsɛ sɛ woyɛ stɛps a wode bɛforo akɔ m’afɔremuka no so na wo ho angu hɔ wɔ so.’*

21 “Atemmusɛm a fa kɔto wɔn anim ni:+

2 “Sɛ wotɔ Hebrini sɛ akoa a,+ ɔbɛsom wo mfe asia, nanso sɛ mfe asia no so ma afe a ɛto so ason no du a, ɔbɛfa ne ho adi a ɔrentua hwee.+ 3 Sɛ ɔno nkutoo na ɔbae a, ɔno nkutoo na ɔbɛkɔ. Na sɛ ɔne ne yere na ɛbae a, ɔne ne yere no bɛkɔ. 4 Nanso sɛ ne wura ma no ɔbea ware na ɔne no wo mma mmarima anaa mma mmea a, ɛnde ne wura no begye ɔbea no ne mmofra no, na ɔno nkutoo akɔ.+ 5 Na sɛ akoa no ka sɛ, ‘Medɔ me wura ne me yere ne me mma, enti mempɛ ahofadi biara’ a,+ 6 ɛnde ne wura no mfa no mmra nokware Nyankopɔn no anim na ɔmfa no nnyina ɔpon anaa apongua ho. Afei ne wura no mfa ade a wɔde bɔ tokuru mmɔ n’asom tokuru na ɔnyɛ n’akoa afebɔɔ.

7 “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babea sɛ afenaa a, ɔremfi ne wura no nkyɛn nkɔ sɛnea ɔbarima a ɔyɛ akoa kɔ no. 8 Sɛ afenaa no wura ani nnye no ho na ɔmpɛ sɛ ɔfa no sɛ ne mpena* na mmom ɔpɛ sɛ ɔtɔn no ma obi* a, onni hokwan sɛ ɔtɔn no ma ɔhɔho, efisɛ wadaadaa ɔbea no. 9 Na sɛ ɔde no ma ne babarima a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sɛ ne babea. 10 Sɛ ɔware ɔbea foforo a, ɛnsɛ sɛ ɔtew ne yere a odi kan no aduan ne ne ntama so. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔma no nea ɛsɛ wɔ aware mu.*+ 11 Sɛ wamma no nneɛma abiɛsa yi a, ɛnde ɔbea no bɛfa ne ho adi a ɔrentua sika biara.

12 “Obiara a ɔbɛbɔ obi ama wawu no, wonkum ɔno nso.+ 13 Nanso sɛ wanhyɛ da, na nokware Nyankopɔn no na ɔmaa kwan ma esii a, ɛnde mɛma mo baabi a obeguan akɔ.+ 14 Sɛ obi bo fuw ne yɔnko na ɔhyɛ da kum no a,+ ɛsɛ sɛ wokum no; sɛ ɔwɔ m’afɔremuka ho mpo a, twe no fi hɔ kokum no.+ 15 Obiara a ɔbɛbɔ ne papa anaa ne maame no, wonkum no.+

16 “Sɛ obi kyere onipa bi sie+ na ɔkɔtɔn no, anaasɛ wokohu onipa no wɔ ne nkyɛn a,+ wonkum nea ɔyɛɛ saa no.+

17 “Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame* no, wonkum no.+

18 “Sɛ mmarima reko na ɔbaako de ɔbo anaa ne nsa* bɔ ne yɔnko na sɛ wanwu nanso ɛka no to mpa so a, nea monyɛ ni: 19 Sɛ otumi sɔre de poma nantew fi adi a, ɛnde nea opiraa no no bɛfa ne ho adi. Bere a opirae a wantumi anyɛ adwuma no nkutoo ho mpata na obetua kosi sɛ ne ho bɛtɔ no koraa.

20 “Sɛ obi de abaa bɔ n’akoa anaa n’afenaa ma owu wɔ ne nsam a, ɔno nso ɛsɛ sɛ wokum no.+ 21 Nanso sɛ wanwu wɔ da koro anaa nnanu ntam a, ɛnde wɔrentwe ne wura no aso, efisɛ ɔno ara na ɔtew sika tɔɔ no.

22 “Sɛ mmarima bi reko na wɔkɔpem ɔpemfo ma ɔwo prɛko pɛ*+ nanso owu* amfi mu amma a, ɛsɛ sɛ wogye nea ɔkɔpem no no hɔ mpata biara a ɔbea no kunu bebisa. Ɛsɛ sɛ otua fa atemmufo no so.+ 23 Nanso sɛ owu fi mu ba a, ɛnde momma nkwa nsi nkwa* ananmu,+ 24 aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+ 25 Sɛ obi de ade hye obi oo, opira no oo, ɔhwe no oo, monyɛ no saa bi ntua ka.

26 “Sɛ obi bɔ n’akoa anaa n’afenaa ani ma n’ani no sɛe a, ɛsɛ sɛ ogyaa no ma ɔkɔ de tua n’ani no ka.+ 27 Na sɛ ɔbɔ n’akoa anaa n’afenaa ma ne se tu a, ɛsɛ sɛ ogyaa no ma ɔkɔ de tua ne se no ka.

28 “Sɛ nantwi bi pem ɔbarima anaa ɔbea ma owu a, wonsiw nantwi no abo nkum no,+ na ɛnsɛ sɛ wɔwe ne nam. Ne wura no de, ɔbɛfa no ho adi. 29 Nanso sɛ nantwi bi taa pempem nkurɔfo na wɔaka akyerɛ ne wura, nanso wamma n’ani ankɔ ne ho, na okokum ɔbarima anaa ɔbea bi a, wonsiw nantwi no abo na wonkum ne wura no nso. 30 Sɛ wɔka sɛ ontua agyede* bi a, ɛnde biribiara a wobegye no no, ɛsɛ sɛ otua de gye ne ho nkwa.* 31 Sɛ ɔpem ɔbabarima oo, ɔbabea oo, wɔne nantwi no wura bedi sɛnea atemmusɛm yi kyerɛ. 32 Na sɛ nantwi no pem akoa anaa afenaa a, nantwi no wura betua nnwetɛbona* 30 ama akoa no wura, na wobesiw nantwi no abo akum no.

33 “Sɛ obi bue amoa bi so anaa otu amoa na wankata so, na nantwi anaa afurum bi kɔtɔ mu a, 34 ɛsɛ sɛ amoa no wura no tua nantwi no ka ma aboa no wura.+ Wɔbɛma amoa no wura afa aboa a wawu no. 35 Sɛ obi nantwi kɔpem onipa foforo nantwi ma owu a, wɔntɔn nea onwui no na wɔnkyɛ sika no; afei nantwi a wawu no nso, wɔnkyɛ mu. 36 Nanso sɛ wonim nantwi no sɛ ɔtaa pempem mmoa foforo na sɛ ne wura amma n’ani ankɔ ne ho a, ɔmfa nantwi nsi nantwi no ananmu, na ɔmfa nea wawu no.

22 “Sɛ obi wia nantwi anaa oguan na okum no anaasɛ ɔtɔn no a, ɔde bi besi ananmu. Sɛ ɛyɛ nantwi a, ɔde anantwi anum besi ananmu, na sɛ ɛyɛ oguan nso a, ɔde nguan anan besi ananmu.+

2 (“Sɛ ɔkorɔmfo+ bɔ wura obi fi sɛ ɔrekowia ade na wɔbɔ no ma owu a, nea ɔbɔɔ no no renni mogya ho fɔ. 3 Nanso sɛ ɔbae no, na owia apue a, ɛnde nea ɔbɔɔ no no bedi mogya ho fɔ.)

“Ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ananmu. Sɛ onni hwee a, ɛnde wɔbɛtɔn no de atua nea owiae no ka. 4 Sɛ wohu aboa a owiae no wɔ ne nkyɛn na sɛ aboa no nwui a, nantwi oo, afurum oo, oguan oo, ɔbɛbɔ ho abien ahyɛ anan.

5 “Sɛ obi de ne mmoa kɔ adidi, na sɛ ogyaa wɔn ma wɔkɔwe ne yɔnko afuw mu nneɛma anaa wɔkɔsɛe ne bobefuw* a, ɛsɛ sɛ ɔde nnɔbae a eye paa wɔ n’ankasa afuw anaa ne bobefuw mu hyɛ anan.

6 “Sɛ obi sɔ ogya na ɛtrɛw kɔtɔ nsɔe mu, na sɛ ɛhyew obi hwiit* a watwa agu hɔ anaa nea esisi hɔ anaa ɛhyew afuw bi a, nea ɔsɔɔ ogya no, ɛsɛ sɛ otua nea ahyew no ho ka.

7 “Sɛ obi de sika anaa nneɛma bi ma ne yɔnko sɛ ɔmfa nsie na obi kowia fi ne fi na wɔkyere ɔkorɔmfo no a, ɔkorɔmfo no bɛbɔ ho abien ahyɛ anan.+ 8 Sɛ wɔanhu ɔkorɔmfo no a, wɔmfa ofiwura no mmra nokware Nyankopɔn no anim+ na wɔnhwɛ sɛ ɛnyɛ ɔno ara na wafa ne yɔnko no nneɛma anaa. 9 Bere biara a wɔbɛbɔ obi sobo sɛ wafa obi ade no, ɛyɛ nantwi oo, afurum oo, oguan oo, ataade oo, biribiara a ayera a obi behu aka sɛ, ‘Ɛyɛ me de’ no, wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra nokware Nyankopɔn no anim.+ Nea Onyankopɔn bɛka sɛ odi fɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ho abien hyɛ ne yɔnko no anan.+

10 “Sɛ obi de n’afurum anaa ne nantwi anaa ne guan anaa n’afieboa bi ma ne yɔnko sɛ ɔnhwɛ so na aboa no wu anaa opira anaa obi kyere no na obiara anhu a, 11 ɔnka ntam wɔ Yehowa anim nkyerɛ aboa no wura sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko no biribiara. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ aboa no wura no gye tom; ɛnsɛ sɛ ne yɔnko no tua bi hyɛ anan.+ 12 Nanso sɛ obi na ɔbaa ne hɔ bewiaa aboa no a,* ɛnde ɔmfa bi nhyɛ ne wura no ananmu. 13 Sɛ wuram aboa na ɔtetew ne mu a, ɔmfa mmra na ɛnyɛ adanse. Nea aboa bi atetew ne mu de, ɛnsɛ sɛ otua ho ka.

14 “Na sɛ obi kɔsrɛ aboa bi fi ne yɔnko hɔ na aboa no pira anaa owu bere a ne wura no nni hɔ a, ɛnde ɛsɛ sɛ nea ɔkɔsrɛɛ aboa no tua ho ka. 15 Sɛ esii wɔ ne wura anim a, ɛnde ɔrentua ho ka. Na sɛ aboa no wura no de no maa ahan a, esiane sika a ɔde too ase no nti, ɔrentua biribi foforo biara nhyɛ anan.

16 “Sɛ obi yɛ ɔbaabun a obiara mfaa n’ano ntoo no so na sɛ ɔbarima bi to no brada ne no da a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne tiade na ɔware no.+ 17 Na sɛ ababaa no papa si no pi sɛ ɔrempene mma ɔbarima no nware ne ba no mpo a, tiade sika no de, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua.

18 “Mma ɔbea sumanni biara nntena nkwa mu.+

19 “Obiara a ɔne aboa bɛda no, ɛsɛ sɛ wokum no.+

20 “Obiara a obefi Yehowa akyi akɔbɔ afɔre ama onyame foforo no, wonkum no.+

21 “Nteetee ɔhɔho na nhyɛ no so,+ efisɛ mo nso na moyɛ ahɔho wɔ Egypt asaase so.+

22 “Monnteetee okunafo anaa agyanka.+ 23 Sɛ moteetee no na osu frɛ me a, ɔkwan biara so metie ne sufrɛ;+ 24 na m’abufuw bɛdɛw, na mede sekan bekunkum mo ama mo yerenom ayɛ akunafo na mo mma ayɛ nnyanka.

25 “Sɛ mobɔ me nkurɔfo a ahia wɔn* no bosea a, monnyɛ mo ho sɛ wɔn a wɔbɔ nkurɔfo bosea de pɛ mfaso bɔne no. Mommfa nsiho biara nnka ho.+

26 “Sɛ wo yɔnko bɛbɔ wo hɔ bosea na sɛ ɔde ne ntama si awowa a,+ san fa n’ade kɔma no ansa na ade asa. 27 Ntama a ɔwɔ ara nen, na ɛno na ɔde kata ne ho. Sɛ ne nsa anka a, dɛn na ɔde bɛda?+ Sɛ osu frɛ me a, metie, efisɛ mewɔ ayamhyehye.*+

28 “Nka Onyankopɔn ho abususɛm,+ na nnome wo man mu panyin.+

29 “Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode wo nnɔbae bebrebe ne wo nsã anaa wo ngo a abu so no bi bɛbɔ afɔre.+ Fa wo babarima panyin ma me.+ 30 Saa ara na ɛsɛ sɛ woyɛ wo nantwi ne wo guan abakan:+ Ma ɔntena ne maame ho nnanson. Na da a ɛto so awotwe no, fa no ma me.+

31 “Monyɛ ɔman kronkron mma me.+ Aboa biara a wuram aboa bɛtetew ne mu no, ɛnsɛ sɛ mowe ne nam.+ Montow mma nkraman.

23 “Nkeka nkurɔfo ho nsɛm a ɛnyɛ nokware.+ Nkɔka ɔbɔnefo ho nkodi adanse a ɛnyɛ nokware.*+ 2 Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne, na nnyina nnipa dodow anom asɛm so* nkodi adanse a ɛnyɛ nokware. 3 Sɛ ohiani ne obi nya asɛm na woredi asɛm no a, fa asɛm no to nea ɛda.+

4 “Wuhu wo tamfo nantwi anaa n’afurum sɛ wayera a, fa no kɔma no.+ 5 Wokɔto sɛ obi a ɔtan wo afurum butuw hɔ a n’adesoa adɛn no so a, ntwa ne ho nkɔ. So ne mu na onyi adesoa no.+

6 “Sɛ woredi ohiani asɛm a, hwɛ na woammu atɛnkyea.+

7 “Hwɛ na woammoa ntwatoso. Nkum nea ne ho nni asɛm ne ɔtreneeni, efisɛ meremma ɔbɔnefo nni bem.*+

8 “Nnye adanmude,* efisɛ nea ohu ade yiye mpo, adanmude tumi fura n’ani, na ɛma ɔtreneeni sesa n’ano.+

9 “Nhyɛ ɔhɔho so, efisɛ moayɛ ahɔho pɛn wɔ Egypt asaase so, enti munim sɛnea ɛte.*+

10 “Fa mfe asia dua w’asaase so aba na twa so nnɔbae.+ 11 Na afe a ɛto so ason no de, nnɔw so, gyaw ma ɛnna hɔ kwa na ahiafo nnidi asaase no so, na nea wɔn nso begyaw no, wuram mmoa bedi. Saa ara na monyɛ mo bobefuw* ne mo ngodua afuw.

12 “Fa nnansia yɛ adwuma, na da a ɛto so ason no de, nyɛ adwuma. Ɛbɛma wo nantwi ne w’afurum ahome, na w’akoa* ne ɔhɔho adwudwo wɔn ho.+

13 “Monhwɛ nni nea maka akyerɛ mo nyinaa so.+ Mommmɔ anyame foforo din; mommma emmpue mmfi mo anom mpo.+

14 “Afe biara munni afahyɛ mprɛnsa mma me.+ 15 Munni Paanoo a Mmɔkaw* Nnim Afahyɛ+ no. Sɛnea meka kyerɛɛ mo no, sɛ bere a mahyɛ wɔ bosome Abib*+ mu no du a, munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson, efisɛ bosome Abib mu na mufi Egypt bae. Ɛnsɛ sɛ obiara de nsapan ba m’anim.+ 16 Afei Otwa Afahyɛ* no, munni wɔ bere a mode twa mo afuw mu nneɛma a edi kan no mu.+ Anoboaboa Afahyɛ* no nso, munni wɔ afe no awiei, bere a moboaboa mo nnɔbae a etwa to ano fi afuw mu no.+ 17 Afe biara, ɔbarima biara a ɔwɔ wo mu bɛba abegyina nokware Awurade Yehowa anim mprɛnsa.+

18 “Wukum aboa de bɔ afɔre ma me a, mfa biribiara a mmɔkaw wom nka mogya no ho mma me. Na srade a wode bɔɔ afɔre wɔ m’afahyɛ mu no, mma ade nnkye so.

19 “Fa w’afuw mu aba pa a wubedi kan atwa no bra Yehowa wo Nyankopɔn fi.+

“Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufusu mu.+

20 “Meresoma ɔbɔfo adi w’anim+ ama wabɔ wo ho ban wɔ ɔkwan so na ɔde wo akodu baabi a masiesie no.+ 21 Tie n’asɛm na yɛ nea ɔbɛka biara. Nsɔre ntia no, na woyɛ bɔne a ɔremma womfa wo ho nni,+ efisɛ me din da no so. 22 Na sɛ wowɛn w’aso tie n’asɛm na woyɛ nea mɛka nyinaa a, mɛtan w’atamfo ani, na wɔn a wɔne w’ani nhyia no, metu m’ani asi wɔn so. 23 Me bɔfo bedi w’anim de wo akɔ Amorifo, Hitifo, Perisifo, Kaananfo, Hiwifo ne Yebusifo asaase so, na metu wɔn ase afi so.+ 24 Nkotow wɔn anyame, na mma biribiara ntwetwe wo na woankɔsom wɔn. Nyɛ nea wɔyɛ no bi.+ Mmom sɛe wɔn ahoni, na bubu wɔn abosom adum nyinaa.+ 25 Monsom Yehowa mo Nyankopɔn,+ na obehyira mo aduan ne mo nsu so.+ Meyi ɔyare afi mo so.+ 26 Ɔbea biara nni w’asaase so a obenyinsɛn apɔn,+ na obiara renyɛ obonin wɔ w’asaase so. Mɛma moanyin akyɛ.*

27 “Medi kan ama me ho hu atɔ wɔn so,+ na mɛma nnipa a wobɛkɔ wɔn nkyɛn no nyinaa ani so atan wɔn. Mɛyɛ ama w’atamfo hu wo a, wɔde ahopopo aguan.*+ 28 Ansa na wubedu hɔ no na mama wɔabotow,*+ na ɛbɛma Hiwifo ne Kaananfo ne Hitifo aguan afi w’anim.+ 29 Merempam wɔn mfi w’anim afe baako pɛ mu, sɛnea ɛbɛyɛ a asaase no renna hɔ kwa,* na mmoa a wobetumi adi wo awu annɔɔso wɔ so.+ 30 Mɛpam wɔn nkakrankakra kosi sɛ w’ase bɛtrɛw na woafa asaase no.+

31 “Asaase a mede bɛma wo no befi Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akosi Filistifo po no ano, na asan afa sare no so akosi Asubɔnten no* ano.+ Na mede asaase no sofo bɛhyɛ wo nsa na woapam wɔn afi w’anim.+ 32 Ɛnsɛ sɛ wo ne wɔn anaa wɔn anyame yɛ apam biara.+ 33 Mma wɔnntena w’asaase so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentwetwe wo mma wonyɛ bɔne ntia me. Sɛ wosom wɔn anyame a, sɛnea ɛte biara ɛbɛyɛ afiri ama wo.”+

24 Afei ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo ne Aaron ne Nadab ne Abihu+ ne Israel mpanyimfo 70 mforo mmra Yehowa nkyɛn, na munnyina akyirikyiri mmɔ mo mu ase. 2 Mose nkutoo mmra Yehowa anim; ɛnsɛ sɛ mmarima a aka no ba bi, na ɔman no nso, ɛnsɛ sɛ wɔforo di n’akyi.”+

3 Ɛnna Mose bɛkaa Yehowa nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ nkurɔfo no,+ na wɔn nyinaa de nokoro kae sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa yɛbɛyɛ.”+ 4 Enti Mose kyerɛw Yehowa nsɛm no nyinaa.+ Afei ade kyee anɔpatutuutu no, ɔsɔre sii afɔremuka, na osii adum 12 a egyina hɔ ma Israel mmusuakuw 12 no wɔ bepɔw no ase. 5 Ɛno akyi no, ɔsomaa Israel mmerante bi ma wɔkɔbɔɔ ɔhyew afɔre na wɔde anantwinini nso bɔɔ asomdwoe afɔre+ maa Yehowa. 6 Ɛnna Mose kyɛɛ mogya no mu abien de fã guu nkankyee mu, na ɔde fã nso petepetee afɔremuka no so. 7 Afei ɔfaa apam nhoma no kenkan kyerɛɛ nkurɔfo no.+ Na wɔkae sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa yebetie na yɛadi so.”+ 8 Enti Mose de mogya no petepetee nkurɔfo no so+ kae sɛ: “Apam a Yehowa ne mo yɛe wɔ nsɛm yi nyinaa ho no, ɛho mogya ni.”+

9 Mose ne Aaron ne Nadab ne Abihu ne Israel mpanyimfo 70 no foro kɔe, 10 na bere a wohuu Israel Nyankopɔn no,+ na baabi a ne nan si no te sɛ nea wɔde hoabo asɛm hɔ, na na ɛhɔ tew te sɛ ɔsoro ankasa.+ 11 Wamfa ne nsa anka Israel mmarima atitiriw yi;+ mmom wonyaa nokware Nyankopɔn no ho anisoadehu, na wodidi nomee.

12 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so bɛtena ha. Mɛkyerɛw mmara ne ahyɛde wɔ abopon so ama wode akyerɛkyerɛ nkurɔfo no.”+ 13 Enti Mose ne ne somfo Yosua+ sɔree, na Mose kɔɔ nokware Nyankopɔn no bepɔw so.+ 14 Na mpanyimfo no de, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwɛn wɔ ha nkosi sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn.+ Aaron ne Hur+ ka mo ho. Enti obi wɔ asɛm bi a, ɔmfa mmrɛ wɔn mma wonni.”+ 15 Ɛnna Mose foro kɔɔ bepɔw no so; saa bere no, na omununkum akata bepɔw no so nyinaa.+

16 Yehowa anuonyam+ amfi Sinai Bepɔw no so,+ na omununkum no kataa so nnansia. Da a ɛto so ason no, ofi omununkum no mu frɛɛ Mose. 17 Ná Israelfo no rehwɛ Yehowa anuonyam no wɔ bepɔw no so, na na wohu no te sɛ ogya bi a ɛredɛw. 18 Afei Mose wuraa omununkum no mu kɔɔ bepɔw no so.+ Na Mose dii bepɔw no so nnafua 40, awia ne anadwo.+

25 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ wonyi ntoboa mma me. Obiara a ne koma bɛka no no, munnye ntoboa mfi ne nkyɛn mma me.+ 3 Ntoboa a mubegye afi wɔn nkyɛn ni: sika kɔkɔɔ,+ dwetɛ,+ kɔbere,+ 4 hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, hama papa a wɔde yɛ nwera, apɔnkye nwi, 5 adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman* nhoma, ɔkanto dua,+ 6 ngo a wɔde begu nkanea mu,+ balsam ngo a wɔde bɛyɛ ɔsrango+ ne aduhuam,+ 7 ne abohene tuntum ne abo foforo a wɔde bɛbobɔ efɔd*+ ne nkatabo+ mu. 8 Ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me, na mɛtena wɔn mfinimfini.+ 9 Ɔsom ntamadan no ne nneɛma a ɛwom nyinaa, monyɛ no sɛnea merekyerɛ wo yi pɛpɛɛpɛ.+

10 “Ma wɔmfa ɔkanto dua nyɛ adaka. Ma ne tenten nyɛ basafa* abien ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa baako ne fã, na efi soro besi fam nyɛ basafa baako ne fã.+ 11 Afei fa sika kɔkɔɔ amapa fa emu ne ɛho nyinaa,+ na fa sika kɔkɔɔ no bi toto ano hyia.+ 12 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa anan bobɔ baabi wɔ ne nan no biara soro; nkawa abien wɔ ha a, na abien nso wɔ ha. 13 Afei fa ɔkanto dua sen nnua nteaanteaa na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa.+ 14 Wode nnua no bɛhyehyɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛn na wɔde asoa Adaka no. 15 Ma nnua no nhyɛ nkawa no mu wɔ Adaka no ho; ɛnsɛ sɛ woyiyi fi mu.+ 16 Adanse Abopon a mede bɛma wo no, Adaka no mu na wode begu.+

17 “Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ne mmuaso. Ma ne tenten nyɛ basafa abien ne fã, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa baako ne fã.+ 18 Afei fa hamma* boro sika kɔkɔɔ yɛ kerubim abien, na fa sisi mmuaso no afã abien no nyinaa.+ 19 Fa kerubim abien no sisi mmuaso no so, baako wɔ ano ha a, na baako nso wɔ ano ha. 20 Ma kerubim no ntrɛw wɔn ntaban abien no mu nkɔ soro na ɛnkata adaka no mmuaso so.+ Ma kerubim no nni nhwɛanim na wɔn anim nkyerɛ mmuaso no. 21 Afei Adanse Abopon a mede bɛma wo no, wode begu Adaka no mu, na wode mmuaso no+ akata Adaka no so. 22 Meyi me ho adi akyerɛ wo wɔ hɔ, na kerubim abien a wɔwɔ Adanse Adaka no mmuaso so no, me ne wo bɛkasa wɔ wɔn ntam.+ Na ahyɛde a mede bɛma Israel no, ɛhɔ na mɛkyerɛ wo ne nyinaa.

23 “Afei fa ɔkanto dua yɛ ɔpon;+ ma ne tenten nyɛ basafa abien, ne tɛtrɛtɛ basafa baako, na efi soro besi fam nyɛ basafa baako ne fã.+ 24 Fa sika kɔkɔɔ amapa fa ho nyinaa, na fa sika kɔkɔɔ no bi toto ano hyia. 25 Yɛ mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsayam* twa ho hyia, na fa sika kɔkɔɔ twa mfomfamho no ho hyia. 26 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa anan, na fa nkawa no bobɔ ntwea anan no ho, baabi a ne nan anan no sisi no. 27 Ma nkawa no mmɛn mfomfamho a wɔde atwa ɔpon no ho ahyia no. Nkawa no mu na wɔde nnua nteaanteaa no bɛhyehyɛ de asoa ɔpon no. 28 Nnua nteaanteaa no, fa ɔkanto dua sen, na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa, na wɔmfa nsoa ɔpon no.

29 “Afei yɛ nyowa, nkuruwa nketewa ne akɛse, ne nkankyee a wɔde behwie afɔrebɔ nsã fa sisi so. Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ne nyinaa.+ 30 Paanoo a wɔde kyerɛ no, da biara wode besi ɔpon no so wɔ m’anim.+

31 “Fa hamma boro sika kɔkɔɔ amapa yɛ kaneadua.+ Sɛnea wobɛyɛ no ni: Ma ennya nea ebegyina so, ɛnan, nkorabata, nkuruwa, funuma, ne nhwiren. Yɛ ne nyinaa bom baako.+ 32 Ma kaneadua no nnya nkorabata asia, nkorabata abiɛsa wɔ ɔfã baako na abiɛsa nso wɔ ɔfã a aka no. 33 Ma ɔfã baako nkorabata biara nnya nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ aborɔfo nkate nhwiren, funuma, ne nhwiren; wufi funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Ma ɔfã a aka no nso nkorabata biara nnya nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ aborɔfo nkate nhwiren, funuma, ne nhwiren; wufi funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Saa na yɛ nkorabata asia a ɛwowɔ kaneadua no nan ho nyinaa. 34 Yɛ nkuruwa anan a ɛte sɛ aborɔfo nkate nhwiren wɔ kaneadua no nan ho. Na yɛ funuma ne nhwiren nso wɔ ho; wufi funuma so a, na wokɔ nhwiren so. 35 Faako a nkorabata abien a edi kan no pue fi kaneadua no ho no, yɛ funuma wɔ ase; faako a nkorabata abien a edi hɔ no pue no, yɛ funuma wɔ ase; faako a nkorabata abien a etwa to no pue no nso, yɛ funuma wɔ ase. Enti baabi a nkorabata asia no paapae wɔ kaneadua no ho biara, yɛ bi wɔ ase. 36 Funuma ne nkorabata ne kaneadua mu no nyinaa, fa hamma boro sika kɔkɔɔ amapa+ na yɛ ne nyinaa bom baako. 37 Yɛ nkanea ason sisi so, na sɛ wɔsɔ a, ahyerɛn wɔ kaneadua no anim.+ 38 Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ɛho nneɛma a wɔde fa ogya ne nkankyee a wɔde ogya gu mu no.+ 39 Sika kɔkɔɔ amapa dwetikɛse* baako na wode bɛyɛ kaneadua no ne saa nneɛma yi nyinaa. 40 Hwɛ sɛ wobɛyɛ no te sɛ ne nhwɛso a mede kyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so no.+

26 “Nwene ntama du fa yɛ ɔsom ntamadan+ no. Nneɛma a wode bɛyɛ saa ntama du no ne hama papa a wɔde yɛ nwera, hama bruu, hama afasebiri, ne hama kɔkɔɔ. Ma wɔnnwene kerubim+ wɔ ntama no biara mu. 2 Ma ntama no mu biara tenten nyɛ basafa* 28, na emu biara tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 4. Ɛsɛ sɛ ntama no nyinaa kɛse yɛ pɛ.+ 3 Keka ntama anum si anim ma baako ntoa baako so, na keka anum a aka no nso si anim ma baako ntoa baako so. 4 Afei fa hama bruu yɛ nhankare toto ntama a wɔakeka asi anim no baako ano, na yɛ saa ara wɔ ntama a wɔakeka asi anim baako a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka abien no abom. 5 Yɛ nhankare 50 wɔ ntama no baako ano, na yɛ 50 wɔ ntama a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka abien no abom; enti baabi a nhankare no wɔ no bedi nhwɛanim. 6 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nnade nketewa 50 fa suso ntama abien no mu na ɛmmom baako.+

7 “Afei fa apɔnkye nwi+ yɛ ntama 11 a wode bɛkata ɔsom ntamadan no so.+ 8 Ma ntama no mu biara tenten nyɛ basafa 30, na emu biara tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 4. Ma ntama 11 no nyinaa kɛse nyɛ pɛ. 9 Keka ntama anum si anim yɛ no ntama baako, na ka asia a aka no nso si anim yɛ no baako. Nea ɛto so asia no, bu to so abien wɔ ntamadan no anim. 10 Afei yɛ nhankare 50 toto ntama a wɔaka abom no baako ano, na yɛ 50 wɔ ntama a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka abien no abom. 11 Fa kɔbere yɛ nnade nketewa 50 fa hyehyɛ nhankare no mu, na ka ntama abien no bom ma ɛnyɛ baako. 12 Ntama no fã a ɛbɛboro so no de, ma ɛnsensɛn hɔ. Ntama a ɛbɛka no, emu fã bɛsensɛn ɔsom ntamadan no akyi. 13 Ntama a ɛboro so no, ma emu basafa baako ngu ɔsom ntamadan no benkum na basafa baako nso ngu nifa, na ɛnkata n’afanu nyinaa.

14 “Afei fa adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ nkataso, na fa sukraman* nhoma nso yɛ nkataso foforo gu so.+

15 “Paapae ɔkanto nnua fa sisi hɔ ma ɛnyɛ ɔsom ntamadan no nnua.+ 16 Ma nnua no biara tenten nyɛ basafa du na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa baako ne fã. 17 Yɛ pɔw abien a ɛsa so wɔ nnua no biara ase. Nnua a mode besisi hɔ ama ɔsom ntamadan no, yɛ ne nyinaa saa ara. 18 Fa nnua no mu 20 sisi ɔsom ntamadan no fã a ɛhwɛ anaafo fam no.

19 “Afei fa dwetɛ yɛ nnyinaso+ 40 a wode nnua 20 no besisi so. Ntamadan nnua no biara benya pɔw abien, na wɔde nnyinaso abien bɛhyɛ baako ase, na wɔde abien abien ahyehyɛ nnua a aka no mu biara ase.+ 20 Fa nnua 20 nso sisi ɔsom ntamadan no fã noho a ɛhwɛ atifi fam no, 21 na fa dwetɛ yɛ nnyinaso 40 a nnua no besisi so. Ntamadan dua baako benya nnyinaso abien, na nnua a aka no mu biara nso benya nnyinaso abien. 22 Ɔsom ntamadan no akyi a ɛhwɛ atɔe fam no nso, wode nnua no asia besisi hɔ.+ 23 Wobɛyɛ ntamadan nnua no abien asisi ɔsom ntamadan no ntwea abien so wɔ akyi. 24 Ka bɔ so abien fi fam kosi soro ma enhyia wɔ baabi a kawa a edi kan no wɔ no. Saa ara na wobɛyɛ abien no nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ ntamadan no ntwea abien no. 25 Enti ɛbɛyɛ nnua awotwe ne dwetɛ nnyinaso 16; ntamadan dua baako benya nnyinaso abien wɔ ase, na nnua a aka no mu biara nso benya nnyinaso abien wɔ ase.

26 “Afei fa ɔkanto nnua yɛ mmeamu anum beabea ntamadan nnua no mu wɔ ɔfã baako,+ 27 fa mmeamu anum beabea nnua no mu wɔ ɔfã foforo, na fa mmeamu anum nso beabea ɔsom ntamadan no akyi a ɛhwɛ atɔe fam no. 28 Mmeamu a ɛwɔ ntamadan nnua no mfinimfini no de, ɛsɛ sɛ ɛtoam fi ti kosi ti.

29 “Fa sika kɔkɔɔ fa ntamadan nnua no ho,+ na fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa a mmeamu no bɛhyehyɛ mu no. Mmeamu no nso, fa sika kɔkɔɔ fa ho. 30 Ɔsom ntamadan no, yɛ no sɛnea mekyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so no.+

31 “Fa hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera yɛ ntwamutam,+ na wɔnnwene kerubim wom. 32 Afei fa ɔkanto yɛ adum anan na fa sika kɔkɔɔ fa ho, na fa ntwamutam no sɛn so. Fa sika kɔkɔɔ yɛ adum no ho nsusomu, na fa adum no sisi dwetɛ nnyinaso anan so. 33 Fa ntwamutam no sɛn nnade nketewa no ase na fa Adanse Adaka no+ si dan no mu. Ma ntwamutam no nkyɛ Kronkronbea+ no ne Kronkron Mu Kronkronbea+ no mu. 34 Fa mmuaso no kata Adanse Adaka no so wɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ.

35 “Afei fa ɔpon no si ntwamutam no anim wɔ ɔsom ntamadan no atifi fam, na fa kaneadua+ no si anaafo fam. Ma ɔpon no ne kaneadua no nni nhwɛanim. 36 Fa hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera nwene ntama* sɛn ntamadan no kwan ano.+ 37 Afei fa ɔkanto yɛ adum anum a wode ntama* no bɛsensɛn so; fa sika kɔkɔɔ fa adum no ho. Fa sika kɔkɔɔ yɛ ɛho nsusomu, na fa kɔbere yɛ nnyinaso anum a wode adum no besisi so.

27 “Fa ɔkanto dua yɛ afɔremuka no;+ ma ne tenten nyɛ basafa* anum, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa anum. Ma n’afã anan nyinaa nyɛ pɛ, na efi soro besi fam nyɛ basafa abiɛsa.+ 2 Yɛ mmɛn+ wɔ ntwea anan no so. Yɛ afɔremuka ne mmɛn no nyinaa bom. Fa kɔbere fa afɔremuka no ho.+ 3 Yɛ ade a wɔde nsõ* begu mu akɔtow agu, na yɛ sofi, nkankyee, adinam, ne nkankyee a wɔde ogya gu mu. Nneɛma a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ ho nyinaa, fa kɔbere yɛ.+ 4 Afei fa kɔbere yɛ nkantankantan, na fa bi yɛ nkawa anan wɔ nkantankantan no ntwea anan no so. 5 Fa nkantankantan no hyɛ afɔremuka no mu ma enkodu mfinimfini. 6 Fa ɔkanto sen nnua nteaanteaa ma afɔremuka no, na fa kɔbere fa ho. 7 Wode nnua no bɛhyehyɛ nkawa a ɛwɔ n’afãnu no mu, na ɛno na wɔde bɛsoa.+ 8 Fa nnua yɛ no sɛ adaka a enni mmuaso. Yɛ no sɛnea ɔkyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so no.+

9 “Yɛ adiwo+ wɔ ɔsom ntamadan no ho. Fa hama papa a wɔde yɛ nwera yɛ ntama sensɛn adiwo no fã a ɛhwɛ anaafo fam no; ɛhɔ de no, ma ne tenten nyɛ basafa 100.+ 10 Ebenya adum 20 ne kɔbere nnyinaso 20. Fa dwetɛ yɛ adum no nsusomu ne ne nkawa. 11 Atifi fam nso, ntama a ɛbɛsensɛn hɔ no tenten bɛyɛ basafa 100, na ebenya adum 20 ne kɔbere nnyinaso 20 ne ɛho nsusomu ne ne nkawa a wɔde dwetɛ ayɛ. 12 Adiwo no fã a ɛhwɛ atɔe fam no, fa ntama a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50 sɛn hɔ, na fa adum du sisi nnyinaso du so. 13 Adiwo no fã a ɛhwɛ apuei fam no nso, ma ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 50. 14 Fa ntama a ne tenten yɛ basafa 15 sɛn hɔ, na ma ennya adum abiɛsa a esisi nnyinaso abiɛsa so+ wɔ ɔfã baako. 15 Ɔfã noho nso, fa ntama a ne tenten yɛ basafa 15 sɛn hɔ, na ma ennya adum abiɛsa a esisi nnyinaso abiɛsa so.

16 “Adiwo no kwan ano nso, fa ntama* a ne tenten yɛ basafa 20 sɛn hɔ. Nea wode bɛyɛ ni: Hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera;+ ma ennya adum anan a esisi nnyinaso anan so.+ 17 Adum a atwa adiwo no ho ahyia nyinaa ho nsusomu ne ne nkawa nyinaa, fa dwetɛ yɛ. Adum no nnyinaso de, fa kɔbere yɛ.+ 18 Ma adiwo no tenten nyɛ basafa 100+ na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 50, na nwera pa a ɛsensɛn hɔ no, efi soro besi fam no, ma ɛnyɛ basafa 5. Fa kɔbere yɛ adum no nnyinaso. 19 Nneɛma a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ ɔsom ntamadan no mu nyinaa, ne nea wɔde bɛbobom atim fam nyinaa, fa kɔbere yɛ. Afei nso, nea wɔde bɛbobɔ adiwo no ntama mu atim fam nyinaa, fa kɔbere yɛ.+

20 “Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmma wo ngo kurennyenn a efi ngodua mu; ɛno na wɔde begu nkanea no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi so daa a ɛrennum.+ 21 Ahyiae ntamadan no nkanea a ɛwɔ ntwamutam no akyi wɔ Adanse Adaka+ no abɔnten no, Aaron ne ne mma bɛhwɛ sɛ esi so fi anwummere kosi anɔpa wɔ Yehowa anim.+ Ɛyɛ ahyɛde a Israelfo bedi so daa wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.+

28 “Wubeyi wo nua Aaron ne ne mma afi Israelfo mu ma wɔasom sɛ asɔfo wɔ m’anim;+ Aaron+ ne ne mma+ Nadab, Abihu,+ Eleasar, ne Itamar.+ 2 Pam ntaade kronkron ma wo nua Aaron sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ no anuonyam na ne ho ayɛ fɛ.+ 3 Wo ne adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw* a mama wɔn nyansa*+ no nyinaa nkasa. Ma wɔmpam ntaade mma Aaron na ne ho ntew, na watumi asom sɛ ɔsɔfo wɔ m’anim.

4 “Ntaade yi na wɔmpam: nkatabo,+ efɔd,*+ nsasin,+ ataade tenten a wɔanwene no damedame, abotiri,+ ne nea ɔde bɛbɔ ne mu.+ Ma wɔnyɛ ntaade kronkron yi mma wo nua Aaron ne ne mma, na wɔnsom sɛ asɔfo wɔ m’anim. 5 Ma adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw no mfa sika kɔkɔɔ, hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera nyɛ ntaade no.

6 “Efɔd no, ma wɔmfa sika kɔkɔɔ, hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera nyɛ.+ 7 Wɔmfa ade ntoto ne mmati abien no so mfa nka akyi ne anim no mmom. 8 Ɛsɛ sɛ wɔde sika kɔkɔɔ, hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera no ara bi nwene abɔso*+ a wɔde bɛbɔ efɔd no mu; ɛno na wɔde bɛkyekyere abom kama.

9 “Afei fa abohene tuntum+ abien na kyerɛw* Israel mma no din+ wɔ so. 10 Kyerɛw din asia wɔ ɔbo baako so, na kyerɛw asia a aka no nso wɔ ɔbo baako no so; fa fi ɔpanyin so kosi akumaa so. 11 Ma obi a otumi kyerɛw ɔbo so nkyerɛw Israel mma no din wɔ abo abien no so sɛnea wɔkyerɛw ade wɔ ahyɛnsode so no.+ Fa sika kɔkɔɔ yɛ biribi te sɛ nsiase ketewa bi a wɔde abo no biara bɛtare so. 12 Fa abo abien no bobɔ efɔd no mmati so na wɔmfa nyɛ nkae abo mma Israel mma.+ Ma Aaron mfa wɔn din a ɛwɔ ne mmati abien so no mmra Yehowa anim, na ɛnyɛ nkae mma Israel mma. 13 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nsiase, 14 na fa sika kɔkɔɔ amapa nwene biribi te sɛ nhama+ abien suso nsiase+ no mu.

15 “Ma obi a onim ade nwene nyɛ atemmu nkatabo+ no. Ma ɔmfa sika kɔkɔɔ, hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera nyɛ no te sɛ efɔd no.+ 16 Sɛ wobu to so abien a, n’afã anan nyinaa bɛyɛ pɛ; ma ne ntwemu nyɛ nsayam abiɛsa,* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ nsayam abiɛsa. 17 Fa abohene tetare mu, na ɛnsesã so anan. Ma nsãso a edi kan no nyɛ abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ne ahabammonobo. 18 Nsãso a ɛto so abien no bɛyɛ nsrammabo, hoabo, ne ahwehwɛbo. 19 Nsãso a ɛto so abiɛsa no bɛyɛ akutuhonobo, mfrafraebo, ne beredumbo. 20 Nsãso a ɛto so anan no bɛyɛ sikaberebo, abohene tuntum, ne abohene ahabammono. Fa sika kɔkɔɔ yɛ nsiase a wɔde abohene no biara bɛtare so. 21 Israel mma 12 no, kyerɛw wɔn mu biara din wɔ ɔbo baako so. Kyerɛw no sɛnea wɔkyerɛw ade wɔ ahyɛnsode so, na ebiara nnyina hɔ mma Israel mmusuakuw 12 no mu baako.

22 “Fa sika kɔkɔɔ amapa nwene biribi te sɛ hama toto nkatabo no anoano hyia.+ 23 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa abien a wode bɛhyehyɛ nkatabo no soro, na fa nkawa abien no hyehyɛ nkatabo no ano wɔ ha ne ha. 24 Fa nhama abien a wode sika kɔkɔɔ ayɛ no hyehyɛ nkawa abien no mu wɔ nkatabo no ano wɔ ha ne ha. 25 Sika kɔkɔɔ nhama abien no fã a aka no, fa fa efɔd no anim kɔhyehyɛ nsiase no mu wɔ efɔd no mmati so. 26 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa abien fa hyehyɛ nkatabo no fã a wobebu ato so no anoano.+ 27 San fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa abien fa hyehyɛ efɔd no mu wɔ abɔso no soro kakra.+ 28 Nkawa a ɛwɔ efɔd no mu no, fa hama bruu hyehyɛ mu, na san fa kyekyere nkatabo no nkawa mu bɔ efɔd no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nkatabo no bɛda efɔd no so yiye wɔ abɔso no soro.

29 “Israel mma din a ɛbobɔ atemmu nkatabo no so wɔ Aaron koko* so no, ma ɔmfa mmra Kronkronbea hɔ na Yehowa mfa nkae wɔn daa. 30 Sɛ Aaron reba Yehowa anim a, fa Urim ne Tumim*+ no hyehyɛ atemmu nkatabo no mu na ɛmmɔ ne koko so. Saa ade yi a wogyina so si gyinae ma Israelfo no, ɛsɛ sɛ Aaron ma ɛda ne koko so daa wɔ Yehowa anim.

31 “Nsasin a ɔbɛhyɛ wɔ efɔd no ase no, fa hama bruu nkutoo yɛ.+ 32 Twa ataade no mfinimfini fa yɛ ne kɔn na ma obi a ɔnwene ade nnwene ano nhyia. Yɛ ne kɔn no sɛ dade akotaade kɔn na antew amfa mu. 33 Fa hama bruu, hama afasebiri, ne hama kɔkɔɔ nwene granate akutu* sensɛn ano hyia. Afei yɛ sika kɔkɔɔ adɔmma hyehyɛ granate akutu no ntam. 34 Enti granate akutu biara akyi no, sika kɔkɔɔ adɔmma toa so; ma ɛnsesa so wɔ nsasin no ano nhyia. 35 Aaron bɛhyɛ ataade yi de asom. Sɛ ɔkɔ tenabea kronkron hɔ kogyina Yehowa anim a, wɔbɛte sɛ adɔmma no regyigye, na opue nso a, wɔbɛte. Ma ɔnyɛ saa na wanwu.+

36 “Afei fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ade tratraa hyɛnn bi, na kyerɛw so sɛnea wɔkyerɛw ade wɔ ahyɛnsode so. Kyerɛw so sɛ: ‘Yehowa ne Ɔkronkronni no.’+ 37 Fa hama bruu so mu, na fa bɔ abotiri no anim.+ 38 Ma ɛmmɔ Aaron moma so, sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma kronkron+ a Israelfo ahyira so de rebɛyɛ akyɛde kronkron no, sɛ obi di mfomso ma ne ho ba asɛm wɔ ho a, Aaron bɛsoa bɔne no. Ɛmmɔ ne moma so daa na ama Yehowa ani asɔ wɔn.

39 “Fa hama papa a wɔde yɛ nwera yɛ ataade tenten; yɛ no damedame, na fa nwera pa yɛ abotiri na nwene nea ɔde bɛbɔ ne mu nso.+

40 “Aaron mma no nso,+ yɛ ntaade tenten, nea wɔde bɛbɔ wɔn mu ne abotiri sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ wɔn anuonyam na wɔn ho ayɛ fɛ.+ 41 Fa ntaade no hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma, na fa ngo sra wɔn+ fa hyɛ wɔn asɔfo.*+ Tew wɔn ho na wɔnsom sɛ asɔfo wɔ m’anim. 42 Afei fa nwera pam nika* na wɔmfa nkata wɔn adagyaw so.+ Ɛsɛ sɛ ɛkata wɔn ho fi wɔn sisi kosi wɔn srɛ. 43 Bere biara a Aaron ne ne mma bɛba ahyiae ntamadan no mu anaa wɔbɛba afɔremuka no ho abɛsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ na wɔanni fɔ amma wɔanwuwu. Ɛyɛ ahyɛde a ɔne ne mma* bedi so daa.

29 “Eyi na fa tew wɔn ho na wɔatumi asom sɛ asɔfo ama me: Fa nantwinini kumaa baako ne adwennini abien a wɔte apɔw,+ 2 na fa hwiit siam muhumuhu yɛ paanoo a mmɔkaw* nnim, na fa ngo fra esiam no bi yɛ paanoo a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa.+ Afei yɛ paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim, na fa ngo sra so. 3 Fa gu kɛntɛn mu+ na fa ka nantwinini ne adwennini abien no ho bra m’anim.

4 “Afei fa Aaron ne ne mma no bra ahyiae ntamadan no kwan ano,+ na ma wɔmfa nsu nguare.+ 5 Fa ataade tenten no,+ nsasin no, efɔd* no, ne nkatabo no hyɛ Aaron, na fa abɔso* no bɔ ne mu wɔ nguguso no so.+ 6 Fa abotiri no bɔ ne ti na fa ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron* no bɔ abotiri no anim.+ 7 Wuwie a, fa ɔsrango no,+ na hwie gu n’apampam fa sra no.+

8 “Afei fa ne mma no nso bra, na fa ntaade tenten no hyehyɛ wɔn.+ 9 Aaron ne ne mma no nyinaa, fa nea wɔde bɔ wɔn mu no bobɔ wɔn mu, na fa abotiri no nso bobɔ wɔn. Ma ɛnyɛ mmara a ɛda hɔ sɛ wɔn fifo na wobedi asɔfo daa.+ Eyi ne ɔkwan a wobɛfa so ahyɛ Aaron ne ne mma asɔfo.*+

10 “Afei fa nantwinini no bra ahyiae ntamadan no anim na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu aboa no apampam.+ 11 Kum nantwi no wɔ Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano.+ 12 Fa wo nsateaa bɔ nantwi no mogya mu, na fa sosɔ afɔremuka no mmɛn+ no ho, na hwie mogya a aka no nyinaa gu afɔremuka no ase.+ 13 Afei srade+ a ɛwowɔ aboa no nsono ne ne mmerɛbo ho, ne asaabo abien no ne ɛho srade no, yiyi na hyew wɔ afɔremuka no so.+ 14 Nantwi no nam, ne nhoma, ne ne bin de, fa ogya hyew wɔ asoɛe no akyi. Eyi yɛ bɔne ho afɔre.

15 “Afei fa adwennini no baako, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no apampam.+ 16 Kum odwennini no na fa ne mogya pete afɔremuka no ho hyia.+ 17 Twitwa aboa no mu asinasin na hohoro ne nsono+ mu ne ne nan* ho, na fa esin biara to ne sin foforo ho kosi ne ti. 18 Hyew odwennini mu no nyinaa wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre huamhuam* a wɔhyew ma Yehowa.+ Ɛyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa.

19 “Afei fa odwennini a waka no nso bra na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no apampam.+ 20 Kum odwennini no na fa ne mogya no bi yɛ Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa, na fa bi nso yɛ wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn nan nifa kokurobeti ho, na fa mogya no bi pete afɔremuka no ho hyia. 21 Afei fa mogya a ɛwɔ afɔremuka no so ne ɔsrango+ no bi pete Aaron ho ne ne ntaade mu, na fa bi nso pete ne mma ho ne wɔn ntaade mu, na ama ɔne ne ntaade ne ne mma ne wɔn ntaade ayɛ kronkron.+

22 “Odwennini no srade, ne dua a adɔ srade no, srade a ɛwowɔ ne nsono ne ne mmerɛbo ho, n’asaabo abien ne srade a ɛwowɔ ho,+ ne ne nan nifa no, yiyi ne nyinaa, efisɛ ɛyɛ asɔfohyɛ guan.+ 23 Afei yi paanoo kurukuruwa, paanoo a ɛte sɛ kawa a ngo wom, paanoo tratraa a mmɔkaw nnim fi kɛntɛn a ɛwɔ Yehowa anim no mu. 24 Fa ne nyinaa hyɛ Aaron ne ne mma nsam, na ma wonhim no sɛ ohim afɔre wɔ Yehowa anim. 25 Wowie a, na woagye afi wɔn nsam de aka ɔhyew afɔre a edi kan no ho ahyew wɔ afɔremuka no so; ɛbɛyɛ afɔre huamhuam* wɔ Yehowa anim, afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa.

26 “Afei oguan a wɔde bɛbɔ afɔre de ahyɛ Aaron sɔfo no,+ fa ne koko na him wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔre. Ɛno na ɛbɛyɛ wo kyɛfa. 27 Oguan a wɔde bɛbɔ afɔre de ahyɛ Aaron ne ne mma asɔfo no,+ fa ne koko a wɔde bɛbɔ ohim afɔre no ne ne nan a ɛka afɔrebɔde kronkron no ho no, na dwira ho. 28 Eyi bɛyɛ Aaron ne ne mma dea. Ɛyɛ ahyɛde a Israelfo bedi so daa, na ɛyɛ afɔrebɔde kronkron a Israelfo de bɛma wɔn.+ Sɛ wɔbɔ asomdwoe afɔre a, wɔde afɔrebɔde+ kronkron yi bɛma Yehowa.

29 “Aaron ntaade kronkron no,+ sɛ wɔsra ne mma+ a wobedi n’akyi aba no hyɛ wɔn asɔfo a, wɔbɛhyɛ. 30 Ne mma no mu nea obedi n’ade sɛ ɔsɔfo no, sɛ ɔba ahyiae ntamadan no mu bɛsom wɔ kronkronbea hɔ a, ɔbɛhyɛ no nnanson.+

31 “Oguan a wɔde bɛbɔ afɔre ama asɔfo no, fa ne nam a aka no, na noa wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron.+ 32 Aaron ne ne mma nwe+ odwennini no nam na wonni paanoo a ɛwɔ kɛntɛn mu no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano. 33 Nea wɔde bɛpata ama wɔn de adwira wɔn ho a ɛno na wɔde bɛhyɛ wɔn asɔfo* no, ma wonni. Nanso obiara a ɔnyɛ ɔsɔfo* rentumi nni bi, efisɛ ɛyɛ kronkron.+ 34 Sɛ asɔfohyɛ guan no nam anaa paanoo no bi ka ma ade kye so a, nea ɛbɛka biara fa ogya hyew.+ Ɛnsɛ sɛ obiara di, efisɛ ɛyɛ kronkron.

35 “Nea maka akyerɛ wo yi nyinaa, yɛ Aaron ne ne mma saa pɛpɛɛpɛ. Nnanson na wode bɛhyɛ wɔn asɔfo.*+ 36 Da biara, wode nantwinini bɛbɔ bɔne ho afɔre, na wode adwira afɔremuka no ho afi bɔne ho de atew ho. Afei fa ngo sra afɔremuka no ma ɛnyɛ kronkron.+ 37 Fa nnanson pata ma afɔremuka no na dwira ho sɛnea ɛbɛyɛ a afɔremuka no bɛyɛ kronkron paa.+ Ansa na obi de ne nsa bɛka afɔremuka no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron.

38 “Nea wode bɛbɔ afɔre wɔ afɔremuka no so ni: da biara,+ wobɛfa adwennini nkumaa abien a wɔn mu biara adi afe. 39 Fa adwennini nkumaa no baako bɔ afɔre anɔpa na fa baako nso bɔ afɔre anwummere a anim rebiribiri.*+ 40 Sɛ wode odwennini kumaa a odi kan no rebɔ afɔre a, fa ngo pa a efi ngodua mu hin* nkyem anan mu baako, na fa fra esiam muhumuhu efa susude* nkyem du mu baako ka ho, na fa bobesa hin nkyem anan mu baako nso bɔ nsã afɔre. 41 Odwennini kumaa a ɔto so abien no, fa bɔ afɔre anwummere a anim rebiribiri.* Fa aduan afɔre ne afɔrebɔ nsã no bi ka ho te sɛ anɔpa de no ara. Fa bɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa. 42 Mo awo ntoatoaso nyinaa mu no, mommɔ ɔhyew afɔre yi wɔ Yehowa anim daa wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, na ɛhɔ na meyi me ho adi ne mo akasa.+

43 “Meyi me ho adi akyerɛ Israelfo no wɔ hɔ, na m’anuonyam+ ama hɔ ayɛ kronkron. 44 Mɛyɛ ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no kronkron, na mɛyɛ Aaron ne ne mma nso kronkron+ ma wɔasom sɛ asɔfo wɔ m’anim. 45 Mɛtena Israelfo mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn.+ 46 Na wobehu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na me na miyii wɔn fii Egypt asaase so sɛ me ne wɔn bɛtena.+ Mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.

30 “Fa ɔkanto dua yɛ afɔremuka+ a wɔbɛhyew aduhuam wɔ so.+ 2 Ma n’afã anan nyinaa nyɛ pɛ; ma ne tenten nyɛ basafa* baako, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa baako; efi fam kosi soro nso nyɛ basafa abien. Yɛ afɔremuka no ne ne mmɛn nyinaa bom.+ 3 Fa sika kɔkɔɔ amapa fa ho nyinaa; ne soro, nkyɛnkyɛn, ne ne mmɛn ho, na fa sika kɔkɔɔ toto ano hyia. 4 Afei baabi a wode sika kɔkɔɔ bɛtoto ano ahyia no, fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa abien abien wɔ n’ase, ebi wɔ ɔfã ha na ebi nso wɔ ɔfã ha. Ɛno na wɔde nnua no bɛhyehyɛ mu de asoa. 5 Nnua nteaanteaa no, fa ɔkanto dua sen, na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa. 6 Fa si ntwamutam a ɛsɛn hɔ no anim wɔ Adanse Adaka no ho.+ Ma ensi Adanse Adaka no mmuaso anim, baabi a meyi me ho adi akyerɛ wo no.+

7 “Aaron+ bɛhyew aduhuam+ wɔ so.+ Anɔpa biara, sɛ ɔbɛhwɛ nkanea+ no a, ɔbɛhyew aduhuam no wɔ afɔremuka no so. 8 Afei sɛ edu anwummere a anim rebiribiri* na sɛ Aaron sɔ nkanea no a, ɔbɛhyew aduhuam no. Ɛyɛ aduhuam a daa mobɛhyew wɔ Yehowa anim, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. 9 Ɛnsɛ sɛ mohyew aduhuam biara a munni hokwan sɛ mohyew wɔ so,+ na ɛnsɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre, aduan afɔre, anaa nsã afɔre biara wɔ so. 10 Afe biara, aboa a Aaron de bɛbɔ bɔne ho afɔre no,+ ɔde ne mogya no bi bɛsosɔ mmɛn no ho de atew afɔremuka no ho. Ɔbɛyɛ saa pɛnkoro afe biara+ de apata ama afɔremuka no wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu. Ɛyɛ kronkron paa ma Yehowa.”

11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Bere biara a wobɛkan Israelfo de ahu wɔn dodow no,+ ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua agyede bi ma Yehowa de pata ma ne nkwa* na mmusu biara amma wɔn so bere a worekan wɔn no. 13 Wɔn a wɔbɛkan wɔn nyinaa, wobetua dwetɛbona* fã, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.*+ Dwetɛbona biara yɛ gerah* 20. Dwetɛbona fã yi ne ntoboa a wobeyi ama Yehowa.+ 14 Obiara a wadi mfe 20 rekɔ a wɔbɛkan no no beyi ntoboa ama Yehowa.+ 15 Dwetɛbona* fã no, ɛnsɛ sɛ osikani tua boro so na ɛnsɛ sɛ ohiani nso tew so. Ɛyɛ ntoboa a mubetua ama Yehowa de apata ama mo nkwa.* 16 Gyigye dwetɛ sika no fi Israelfo no hɔ fa pata ma wɔn, na wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan hɔ adwuma, na ayɛ nkae wɔ Yehowa anim ama Israelfo, na apata ama mo nkwa.”*

17 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 “Fa kɔbere yɛ ɔsɛn ne ne nnyinaso,+ na fa nsu gu mu si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam; ɛno na wɔde bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.+ 19 Ɛhɔ na Aaron ne ne mma bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.+ 20 Ansa na wɔbɛkɔ ahyiae ntamadan no mu anaa wɔbɛba afɔremuka no ho de ogya abɛbɔ afɔre ama Yehowa no, wɔmfa nsu nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu. 21 Ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu. Eyi yɛ ahyɛde a ɔne n’asefo bedi so daa wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.”+

22 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Afei kɔhwehwɛ nnuhuam papa: kurobow a ada nnwetɛbona 500, na fa sinamon huamhuam te sɛ kurobow no fã, kyerɛ sɛ nnwetɛbona 250, ne kalamus aduhuam nnwetɛbona 250, 24 ne kasia aduhuam nnwetɛbona 500, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no,*+ ne ngo hin* baako. 25 Fa yɛ ɔsrango kronkron; ɛsɛ sɛ mofra no yiye paa.*+ Ɛbɛyɛ ɔsrango kronkron.

26 “Fa sra ahyiae ntamadan no+ ne Adanse Adaka no ho; 27 ɛne ɔpon no ne ɛho nneɛma nyinaa, kaneadua no ne ɛho nneɛma, aduhuam afɔremuka no, 28 afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so ne ɛho nneɛma nyinaa, ne ɔsɛn no ne ne nnyinaso no. 29 Tew eyinom nyinaa ho ma ɛnyɛ kronkron paa.+ Obiara a ɔde ne nsa bɛka no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron.+ 30 Sra Aaron+ ne ne mma+ na tew wɔn ho na wɔatumi asom sɛ asɔfo wɔ m’anim.+

31 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Eyi bɛkɔ so ayɛ ɔsrango kronkron ama me wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu.+ 32 Ɛnsɛ sɛ ɔdasani biara de bi sra anaa ɔyɛ ne sɛso biara. Ɛyɛ kronkron, na ɛbɛkɔ so ayɛ kronkron ama mo. 33 Obiara a ɔbɛyɛ ngo te sɛ eyi de asra obi a ɔnyɛ ɔsɔfo* no, wobekum* no afi ne man mu.’”+

34 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa nnuhuam+ yi na susuw ne nyinaa pɛ: stakiti, onika, galbanum, ne ɛhyɛ* papa. 35 Fa ne nyinaa fra yɛ aduhuam;+ ɛsɛ sɛ mofra no yiye paa* na mohyɛ no nkyene,+ na ɛyɛ aduhuam kronkron a wɔmfraa mu. 36 Siw bi ma ɛnyɛ muhumuhu na fa bi si Adanse Adaka no anim wɔ ahyiae ntamadan no mu, baabi a meyi me ho adi akyerɛ wo no. Ɛyɛ ade kronkron paa. 37 Sɛnea wobɛyɛ saa aduhuam yi de, monhwɛ na obiara anyɛ bi amfa.+ Mummu no sɛ ade kronkron wɔ Yehowa anim. 38 Sɛ ne huam nti obi yɛ bi a, wobekum* no afi ne man mu.”

31 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Hwɛ, Hur ba Uri wɔ ba bi a ɔde Besalel+ a ofi Yuda abusuakuw+ mu, na ɔno na mapaw no.* 3 Mede Onyankopɔn honhom bɛhyɛ no ma na wanya nyansa, ntease, ne nimdeɛ a ebetumi ama ɔde ahokokwaw ayɛ nsaanodwuma biara, 4 na ɛbɛma wayɛ odwumfo a ɔwɔ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere ho nimdeɛ, 5 ne obi a otumi de abo di adwini+ na osen nnua de yɛ nneɛma horow nyinaa bi.+ 6 Afei nso, mapaw Ahisamak ba Oholiab+ a ofi Dan abusuakuw mu sɛ ɔmmoa no, na wɔn a wɔwɔ nimdeɛ* nyinaa nso, mɛma wɔn nyansa na wɔatumi ayɛ nea maka akyerɛ wo nyinaa:+ 7 ahyiae ntamadan no,+ Adanse Adaka+ ne ne mmuaso,+ nneɛma a ɛwɔ ntamadan no mu nyinaa, 8 ɔpon no+ ne ɛso nneɛma, kaneadua a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ ne ɛho nneɛma nyinaa,+ aduhuam afɔremuka,+ 9 afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so+ ne ɛso nneɛma nyinaa, ɔsɛn no ne ne nnyinaso,+ 10 ntaade a wɔanwene no kama, ɔsɔfo Aaron ntaade kronkron no, ntaade a ne mma de bɛsom sɛ asɔfo,+ 11 ɔsrango, ne aduhuam a ɛwɔ tenabea kronkron hɔ no.+ Wɔn na wɔbɛyɛ nea maka akyerɛ wo no nyinaa.”

12 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 13 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Me home nna no de, monhwɛ sɛ mubedi,+ efisɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ntam, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ me Yehowa na matew mo ho. 14 Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ kronkron ma mo.+ Obiara a obegu ho fĩ no, ɛsɛ sɛ wokum no. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, ɛsɛ sɛ wokum* saa onipa* no fi ne man mu.+ 15 Momfa nnansia nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no de, ɛyɛ homeda, monhome koraa.+ Ɛyɛ da kronkron ma Yehowa. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no, ɛsɛ sɛ wokum no. 16 Ɛsɛ sɛ Israelfo di Homeda no; wobedi Homeda no wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu; ɛyɛ daa apam. 17 Ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne Israelfo ntam daa,+ efisɛ Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne asaase, na da a ɛto so ason no, ɔhomee na odwudwoo ne ho.’”+

18 Afei bere a ɔne Mose kasa wiei wɔ Sinai Bepɔw so no, ɔde Adanse Abopon abien maa Mose,+ abopon a Onyankopɔn de ne nsateaa akyerɛw so.+

32 Bere a nkurɔfo no hui sɛ Mose akyɛ wɔ bepɔw no so no,+ wɔsoaa wɔn ho kɔɔ Aaron nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre yɛ onyame ma yɛn na onni yɛn anim,+ efisɛ ɔbarima Mose yi a odii yɛn anim fii Egypt asaase so no de, yennim nea ato no.” 2 Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sika kɔkɔɔ asomuade+ a ɛhyehyɛ mo yerenom, mo mma mmarima, ne mo mma mmea no, munyiyi mfa mmrɛ me.” 3 Enti obiara yii sika kɔkɔɔ asomuade a ɛhyɛ no no de brɛɛ Aaron. 4 Ɛnna ogye fii wɔn hɔ, na ɔnan de dade a wɔde di adwini yɛɛ ho adwuma ma ɛyɛɛ nantwi ba honi.*+ Afei wɔkae sɛ: “Israel man, mo Nyankopɔn ni. Ɔno na odii mo anim fii Egypt asaase so.”+

5 Bere a Aaron hui no, ɔyɛɛ afɔremuka de sii ohoni no anim, na ɔkae sɛ: “Ɔkyena yɛ Yehowa afahyɛ.” 6 Ade kyee no, wɔsɔree ntɛm bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Afei nkurɔfo no tenaa ase didi nomee, na wɔsɔre gyee wɔn ani.+

7 Ɛbaa saa no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sian kɔ, na nkurɔfo a wudii wɔn anim fii Egypt asaase so no agu wɔn ho fĩ.+ 8 Akwankyerɛ a mede maa wɔn no, wɔamma mframa amfa so koraa, wɔaman afi ho.+ Wɔayɛ nantwi ba honi,* na wɔrekotow no bɔ afɔre ma no, na wɔka sɛ: ‘Israel man, mo Nyankopɔn ni. Ɔno na odii mo anim fii Egypt asaase so.’” 9 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mahu sɛ nkurɔfo yi aso yɛ den.*+ 10 Me bo afuw wɔn paa; ma mentɔre wɔn ase na menyɛ wo mmom ɔman kɛse.”+

11 Ɛnna Mose srɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn* sɛ:+ “O Yehowa, wo nkurɔfo a wode tumi kɛse ne nsa a ɛyɛ den yii wɔn fii Egypt asaase so no, adɛn nti na wo bo afuw wɔn saa?+ 12 Adɛn na ɛsɛ sɛ woma kwan ma Egyptfo ka sɛ, ‘Adwemmɔne na ɔde yii wɔn; na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn wɔ bepɔw no so na ɔtɔre wɔn ase fi asaase so’?+ Ma wo bo nnwo na gyinae a woasi sɛ wobɛyɛ wo man bɔne no, san hwɛ no bio.* 13 Kae w’akoa Abraham, Isak ne Israel a wode wo ho kaa wɔn ntam no. Woka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mɛma mo asefo* ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma,+ na mede asaase a mekyerɛɛ mo no nyinaa bɛma mo asefo,* na ɛbɛyɛ wɔn agyapade daa.’”+

14 Enti gyinae a Yehowa sii sɛ ɔde bɔne bɛba ne nkurɔfo so no, ɔsesaa n’adwene.*+

15 Afei Mose sian fii bepɔw no so. Ɔreba no, na Adanse Abopon abien no+ kura no;+ emu biara, na wɔakyerɛw anim ne akyi. 16 Onyankopɔn ankasa na ɔyɛɛ abopon no, na ɔno na ɔkyerɛw so.+ 17 Afei Yosua tee sɛ nnipa no reyɛ dede, na ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Dede yi de, ɛte sɛ nea ɔko bi asi wɔ asoɛe hɔ.” 18 Nanso Mose kae sɛ:

“Ɛnyɛ nkonimdi* ho osebɔ,

Na ɛnyɛ nkogudi ho benabɔ;

Ɛyɛ dwom foforo na mete yi.”

19 Bere a Mose bɛn asoɛe hɔ a ohuu nantwi ba+ ne asaw no, ne bo fuwii, na ogyaa abopon no mu hwee bepɔw no ase ma ebubui.+ 20 Ɔde ogya hyew nantwi ba a wɔayɛ no, na ɔyam no muhumuhu;+ afei ɔde petee nsu ani maa Israelfo no nomee.+ 21 Ɛno akyi no, Mose bisaa Aaron sɛ: “Dɛn na nkurɔfo yi yɛɛ wo a enti woakodi wɔn akyi de bɔne a ɛte sɛɛ aba wɔn so yi?” 22 Ɛnna Aaron kae sɛ: “Mma me wura bo mmfuw. W’ankasa wunim sɛ nkurɔfo yi de, ɛnkyɛ na wɔreyɛ bɔne.+ 23 Wɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ onyame ma yɛn na onni yɛn anim, efisɛ ɔbarima Mose yi a odii yɛn anim fii Egypt asaase so no de, yennim nea ato no.’+ 24 Enti me nso mibisaa wɔn sɛ, ‘Hena na ɔwɔ sika kɔkɔɔ? Onyi mma me.’ Afei mede guu ogya mu, na nea efii mu bae ne nantwi ba yi.”

25 Mose hui sɛ nkurɔfo no ayɛ nea wɔn ankasa pɛ, efisɛ Aaron maa wɔn kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ de guu wɔn anim ase wɔ wɔn atamfo anim. 26 Afei Mose begyinaa asoɛe no kwan ano bisae sɛ: “Hena na ɔwɔ Yehowa afã? Ɔmmra mmegyina me nkyɛn!”+ Ɛnna Lewifo no nyinaa begyinaa ne nkyɛn. 27 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Israel Nyankopɔn Yehowa aka ni, ‘Obiara mfa ne sekan mmɔ n’asen, na munkyin asoɛe no mu nkɔ apon ano, na obiara nkum ne nua, nea ɔte bɛn no, ne n’adamfo paa.’”+ 28 Lewifo no yɛɛ nea Mose kae no, na wokum nnipa bɛyɛ 3,000 saa da no. 29 Mose san kae sɛ: “Muntu mo ho nsi hɔ* mma Yehowa nnɛ, efisɛ mo mu biara ne n’ankasa ba ne ne nua adi asi,+ na ɛnnɛ obehyira mo.”+

30 Afei ade kyee no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Moayɛ bɔne kɛse, enti mɛkɔ Yehowa nkyɛn akɔhwɛ sɛ metumi apata ama mo bɔne anaa.”+ 31 Enti Mose san kɔɔ Yehowa nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, ɔman yi bɔne so! Wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ onyame!+ 32 Nanso wobɛpene a, anka fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,+ anyɛ saa a ɛnde mesrɛ wo, popa me din fi nhoma a woakyerɛw no mu.”+ 33 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nea wayɛ me bɔne no, ɔno na mɛpopa ne din afi me nhoma mu. 34 Afei kodi ɔman no anim kɔ faako a makyerɛ wo no. Hwɛ, me bɔfo bedi w’anim,+ na bere a mɛba abebu atɛn no du a, wɔn bɔne nti mɛtwe wɔn aso.” 35 Ɛnna Yehowa twee ɔman no aso sɛ wɔyɛɛ nantwi ba, nea Aaron yɛe no.

33 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Asaase a mekaa Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ, ‘W’asefo* na mede bɛma wɔn’+ no, kɔfa nnipa a wudii wɔn anim fii Egypt asaase so no, na munsim nkɔ hɔ. 2 Mɛma me bɔfo adi w’anim+ akotu Kaananfo, Amorifo, Hitifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo afi asaase no so.+ 3 Monkɔ asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so+ no so, na esiane sɛ mo aso yɛ den*+ nti, me de, me ne mo renkɔ, efisɛ anhwɛ a na makunkum mo ɔkwan no so.”+

4 Bere a ɔman no tee nsɛm a ano yɛ den saa no, wofii ase dii abooboo, na wɔn mu baako mpo anhyɛ agude. 5 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Moyɛ ɔman a mo aso yɛ den.*+ Sɛ moanhwɛ yiye a, mɛba mo mu prɛko pɛ abɛsɛe mo nyinaa.+ Enti munnyae agude no hyɛ nkosi sɛ mehu nea mɛyɛ mo.’” 6 Ɛno nti efi Horeb Bepɔw ho rekɔ no, Israelfo anhyɛ agude bio.*

7 Afei Mose tew ne ho kosii ntamadan wɔ asoɛe no akyi, na ɔfrɛɛ no ahyiae ntamadan. Enti sɛ obi pɛ sɛ obisa Yehowa hɔ biribi a,+ ahyiae ntamadan a ɛwɔ asoɛe no akyi no, ɛhɔ na ɔkɔ. 8 Bere biara a Mose befi adi sɛ ɔrekɔ ntamadan no mu no, nkurɔfo no mu biara sɔre gyina hɔ, na wogyinagyina wɔn ntamadan anim hwɛ Mose atiko kosi sɛ obewura ntamadan no mu. 9 Sɛ Mose nya wura ntamadan no mu pɛ a, omununkum dum+ no sian ba ntamadan no ano; saa bere no na Onyankopɔn ne Mose kasa.+ 10 Sɛ nkurɔfo no nyinaa hu omununkum dum no sɛ ɛwɔ ntamadan no ano a, wɔn mu biara sɔre bɔ ne mu ase wɔ ne ntamadan ano. 11 Yehowa ne Mose kasae anim ne anim+ te sɛ nea obi ne ne yɔnko nipa kasa. Na sɛ ɔsan kɔ asoɛe hɔ a, ne somfo+ Yosua+ a ɔyɛ Nun ba no de, omfi ntamadan no mu.

12 Afei Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Woaka akyerɛ me sɛ, ‘Di nkurɔfo yi anim,’ nanso wonkyerɛɛ me nea me ne no bɛkɔ. Wokae bio sɛ, ‘Mede wo din nim wo,* na woanya m’anim dom nso.’ 13 Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, ɛnde ma minhu w’akwan,+ sɛnea ɛbɛyɛ a mehu wo yiye, na makɔ so anya w’anim dom. Kae nso sɛ ɔman yi yɛ wo man.”+ 14 Enti ɔkae sɛ: “M’ankasa me* ne wo bɛkɔ,+ na mɛma woahome.”+ 15 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ w’ankasa wo* ne yɛn renkɔ a, ɛnde mma yemmfi ha. 16 Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo ahu sɛ me ne wo man anya w’anim dom?+ Ɛnyɛ eyi na ɛbɛma me ne wo man ayɛ soronko wɔ asaase so aman nyinaa ho?”+

17 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nea woabisa no nso mɛyɛ, efisɛ woanya m’anim dom, na mede wo din nim wo.” 18 Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Mesrɛ wo, ma minhu w’anuonyam.” 19 Onyankopɔn kae sɛ: “Metwam wɔ w’anim, na mɛma woahu me papayɛ nyinaa, na mɛbɔ me din Yehowa no+ wɔ w’anim. Na nea mepɛ sɛ mihu no mmɔbɔ no, ɔno na mehu no mmɔbɔ, na nea mepɛ sɛ me yam hyehye me ma no no, ɔno na me yam bɛhyehye me ama no.”+ 20 Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: “Worentumi nhu m’anim, efisɛ onipa biara renhu m’anim nnya nkwa.”

21 Yehowa kae bio sɛ: “Baabi wɔ me nkyɛn ha; begyina ɔbotan yi so. 22 Sɛ m’anuonyam retwam a, mede wo bɛhyɛ tokuru mu wɔ ɔbotan yi mu, na mede me nsa bɛkata wo so akosi sɛ metwam akɔ. 23 Ɛno akyi no, meyi me nsa, na wubehu m’akyi. Na m’anim de, worenhu.”+

34 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sen abopon abien te sɛ kan de+ a wububuu no no,+ na mɛkyerɛw nsɛm a na ɛwɔ so no agu so.+ 2 Yɛ ahoboa ma anɔpa, efisɛ wobɛba Sinai Bepɔw so anɔpa abegyina m’anim wɔ bepɔw no so.+ 3 Nanso mma obiara nnni w’akyi mma bepɔw no so, na mma obi foforo biara mmɛn hɔ. Ɛnsɛ sɛ anantwi anaa nguan mpo ba bepɔw no ho bedidi.”+

4 Enti Mose sen abopon abien te sɛ kan de no, na ɔsɔree anɔpatutuutu faa abopon abien no kura kɔɔ Sinai Bepɔw so sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ no no. 5 Ɛnna Yehowa nam omununkum mu sian baa hɔ,+ na obegyinaa ne nkyɛn, na ɔbɔɔ Yehowa din.+ 6 Yehowa betwaam wɔ n’anim kae sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehye,*+ nea ne bo mfuw ntɛm,+ nea ne dɔ a enni huammɔ+ nni ano, na ne nokwaredi+ dɔɔso. 7 Ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne kyɛ,+ nanso ɔremma nea odi fɔ mfa ne ho nni da.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom so.”+

8 Ɛnna Mose yɛɛ ntɛm bɔɔ ne mu ase kotow fam. 9 Na ɔkae sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim dom a, ɛnde mesrɛ wo, Yehowa, ɛwom sɛ yɛn aso yɛ den*+ de, nanso ka yɛn ho ma yɛnkɔ,+ na fa yɛn mfomso ne yɛn bɔne kyɛ yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapade.” 10 Ɛnna obuae sɛ: “Me ne mo reyɛ apam: Mɛyɛ anwonwade a wɔnyɛɛ bi da wɔ asaase anaa ɔman biara so. Mɛyɛ eyi wɔ wo nkurɔfo nyinaa anim.+ Na nnipa a wɔatwa mo ho ahyia nyinaa behu Yehowa nnwuma, efisɛ nea mɛyɛ ama mo no bɛma obiara ho adwiriw no.+

11 “Nea mereka akyerɛ wo nnɛ yi, tie no yiye.+ Merebetu Amorifo, Kaananfo, Hitifo, Perisifo, Hiwifo ne Yebusifo afi w’anim.+ 12 Hwɛ yiye na wo ne nnipa a wɔte baabi a worekɔ no ankɔyɛ apam biara+ na ansum wo afiri.+ 13 Mmom mummubu wɔn afɔremuka ne wɔn abosom adum, na muntwitwa wɔn abosonnua* ngu.+ 14 Nkotow onyame foforo biara,+ efisɛ Yehowa yɛ obi a ɔmpɛ* sɛ wɔsom obiara ka ne ho.* Ampa, ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ 15 Hwɛ yiye na wo ne nnipa a wɔwɔ asaase no so anyɛ apam, efisɛ sɛ wɔne wɔn anyame bɔ aguaman na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame a,+ obi bɛfrɛ wo ama woakodi wɔn abosonnuan no bi.+ 16 Ɛba saa a, sɛnea ɛte biara wobɛma wɔn mma mmea aware wo mma mmarima,+ na sɛ wɔn mma mmea no ne wɔn anyame bɔ aguaman a, wɔbɛma wo mma mmarima no nso ne wɔn anyame abɔ aguaman.+

17 “Ɛnsɛ sɛ woyɛ dade honi biara.+

18 “Munni Paanoo a Mmɔkaw* Nnim Afahyɛ+ no. Sɛnea meka kyerɛɛ mo no, sɛ bere a mahyɛ wɔ bosome Abib*+ mu no du a, munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson, efisɛ bosome Abib mu na mufi Egypt bae. Ɛnsɛ sɛ obiara de nsapan ba m’anim.

19 “Abakan a ɔyɛ ɔbarima* biara yɛ me dea,+ na wo nyɛmmoa nso, onini a odi kan biara, nantwi oo, oguan oo,+ ɛyɛ me dea. 20 Afurum ba a odi kan de, fa oguan sesa, anyɛ saa a bu ne kɔn mu. Wo babarima biara a ɔyɛ abakan de, tɔ no.+ Ɛnsɛ sɛ obiara de nsapan ba m’anim.

21 “Fa nnansia yɛ adwuma, na da a ɛto so ason no de, home;*+ sɛ ɛyɛ adɔw bere anaa twabere mpo a, home.

22 “Munni Nnawɔtwe Afahyɛ no; sɛ moredi a, momfa hwiit a mubedi kan atwa no mmra. Afei munni Anoboaboa Afahyɛ* no wɔ afe no awiei.+

23 “Afe biara, ɔbarima biara a ɔwɔ wo mu bɛba abegyina nokware Awurade Yehowa, Israel Nyankopɔn no anim mprɛnsa.+ 24 Mɛpam aman no afi w’anim,+ na mɛma w’asaase ayɛ kɛse, na afe biara, mprɛnsa a wobɛkɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim no, obiara ani remmere w’asaase.

25 “Wukum aboa de bɔ afɔre ma me a, mfa biribiara a mmɔkaw wom nka mogya no ho mma me.+ Twam Afahyɛ afɔrebɔde no, mma ade nnkye so.+

26 “Fa w’afuw mu aba pa a wubedi kan atwa no bra Yehowa wo Nyankopɔn fi.+

“Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufusu mu.”+

27 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kyerɛw nsɛm yi to hɔ,+ efisɛ apam a me ne wo ne Israel reyɛ yi gyina nsɛm yi so.”+ 28 Odii Yehowa nkyɛn nnafua 40, awia ne anadwo. Aduan ne nsu biara anka n’ano.+ Na ɔkyerɛw* Mmara Nsɛm Du* a ɛyɛ apam no ho nsɛm no wɔ abopon no so.+

29 Afei Mose sian fii Sinai Bepɔw so, na ɔreba no, na okura Adanse Abopon abien no.+ Bere a Mose fi bepɔw no so bae no, na onnim sɛ Onyankopɔn a ɔne no kasae nti, n’anim rehyerɛn. 30 Bere a Aaron ne Israelfo nyinaa huu Mose no, wohui sɛ n’anim rehyerɛn, enti na wosuro sɛ wɔbɛbɛn no.+

31 Nanso Mose frɛɛ wɔn, na Aaron ne Israel mpanyimfo no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔne wɔn kasae. 32 Ɛno akyi no, Israelfo no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔde ahyɛde a Yehowa de maa no wɔ Sinai Bepɔw so no nyinaa too wɔn anim.+ 33 Sɛ Mose ne wɔn kasa wie a, na ɔde ade akata n’anim.+ 34 Nanso sɛ ɔrekɔ Yehowa anim ne no akɔkasa a, na wayi nkataanim no kosi sɛ obefi n’anim.+ Nea ɔbɛka akyerɛ no biara, na wabɛka akyerɛ Israelfo no.+ 35 Sɛ Israelfo no hu sɛ Mose anim rehyerɛn a, na Mose asan akata n’anim kosi sɛ ɔne Onyankopɔn* bɛkɔ akɔkasa bio.+

35 Akyiri yi, Mose frɛɛ Israel asafo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa aka akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ni:+ 2 Nnansia na momfa nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no de, ɛbɛyɛ da kronkron ama mo. Ɛyɛ Yehowa Homeda a mode bɛhome koraa.+ Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no, ɛsɛ sɛ wokum no.+ 3 Ɛnsɛ sɛ mosɔ gya wɔ mo tenabea biara Homeda.”

4 Afei Mose ka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Nea Yehowa aka ni, 5 ‘Munnyigye ntoboa mma Yehowa.+ Obiara a ne koma ka no+ no betumi de nneɛma yi bi abrɛ Yehowa: sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, 6 hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, hama papa a wɔde yɛ nwera, apɔnkye nwi,+ 7 adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman* nhoma, ɔkanto dua, 8 ngo a wɔde begu nkanea mu, balsam ngo a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne aduhuam,+ 9 abohene tuntum ne abo foforo a wɔde bɛbobɔ efɔd*+ ne nkatabo+ mu.

10 “‘Ma adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw*+ nyinaa mmra mmɛyɛ nea Yehowa aka nyinaa. 11 Wɔmmɛyɛ ɔsom ntamadan no ne ɛho nneɛma ne ne nkataso, ɛho nnade nketewa ne nnua ne nea wɔde bɛbeabea mu, ɛho adum ne ne nnyinaso; 12 Adaka no+ ne nnua a wɔde bɛsoa+ ne ne mmuaso+ ne ntwamutam+ no; 13 ɔpon no+ ne nnua a wɔde bɛsoa ne ɛso nneɛma nyinaa, paanoo a wɔde kyerɛ;+ 14 kaneadua no+ ne nkanea a esisi so ne ɛho nneɛma nyinaa, ngo a wɔde begu mu;+ 15 afɔremuka a wɔbɛhyew aduhuam wɔ so,+ nnua a wɔde bɛsoa, ɔsrango ne aduhuam,+ ntama* a wɔde bɛsɛn ɔsom ntamadan no kwan ano; 16 afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so+ ne kɔbere nkantankantan a ɛda so ne nnua a wɔde bɛsoa ne ɛho nneɛma nyinaa; ɔsɛn no ne ne nnyinaso;+ 17 ntama a wɔde bɛsensɛn adiwo hɔ,+ adum a ɛwɔ hɔ ne ne nnyinaso; ntama* a wɔde bɛsɛn adiwo no kwan ano; 18 nea wɔde bɛbobɔ ɔsom ntamadan no ntama ne adiwo hɔ ntama no atim fam ne ɛho nhama;+ 19 ntaade a wɔanwene no kama+ a wɔde bɛsom wɔ tenabea kronkron hɔ, ɔsɔfo Aaron ntaade kronkron,+ ne ntaade a ne mma de bɛsom sɛ asɔfo no.’”

20 Ɛnna Israel asafo no nyinaa fii Mose anim kɔe. 21 Na obiara a ne koma kaa no no bae,+ na obiara a ne honhom kanyan no no bae, na obeyii ntoboa maa Yehowa sɛ wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ne ɛhɔ som adwuma nyinaa ne ntaade kronkron no. 22 Mmarima ne mmea nyinaa puw bae, obiara a ne koma kaa no no bae. Wɔde agude a wɔde bobɔ ntaade mu, asomuade, nkawa, ne agude foforo ne nneɛma a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ nyinaa bi bae. Obiara de sika kɔkɔɔ nneɛma no yɛɛ afɔrebɔde* maa Yehowa.+ 23 Na obiara de nea ɔwɔ bae: hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, hama papa a wɔde yɛ nwera, apɔnkye nwi, adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, ne sukraman nhoma. 24 Obiara a oyii dwetɛ ne kɔbere sɛ ne ntoboa no de brɛɛ Yehowa, na obiara a ɔwɔ ɔkanto dua no nso de bae sɛ wɔmfa nyɛ adwuma no.

25 Mmea a wonim adwuma+ no nyinaa de asaawa yɛɛ nhama,* na nea wɔde bae ni: hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera. 26 Afei nso, mmea a wonim adwuma a wɔn koma kaa wɔn no nyinaa de apɔnkye nwi yɛɛ nhama.

27 Nea mpanyimfo no nso de bae ne abohene tuntum ne abo foforo a wɔde bɛbobɔ efɔd ne nkatabo+ mu, 28 ne balsam ngo ne ngo a wɔde begu nkanea mu ne nea wɔde bɛyɛ ɔsrango+ ne aduhuam.+ 29 Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, ɔbarima anaa ɔbea biara a ne koma kaa no no de biribi bae sɛ wɔmfa nyɛ adwuma no. Israelfo de ayamye afɔre brɛɛ Yehowa.+

30 Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Hwɛ, Yehowa apaw Hur ba Uri ba a ɔde Besalel a ofi Yuda abusuakuw mu.+ 31 Onyankopɔn de ne honhom ahyɛ no ma, na wama no nyansa, ntease, ne nimdeɛ a ebetumi ama ɔde ahokokwaw ayɛ nsaanodwuma biara, 32 na ɛbɛma wayɛ odwumfo a ɔwɔ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere ho nimdeɛ, 33 ne obi a otumi de abo di adwini na osen nnua de yɛ nneɛma horow nyinaa bi. 34 Ɔde ahyɛ ne komam nso sɛ ɔnkyerɛkyerɛ; ɔno ne Ahisamak ba Oholiab+ a ofi Dan abusuakuw mu. 35 Wama wɔn nimdeɛ+ a wɔde bɛyɛ adwumfo adwuma na wɔde hama adi adwini, na wɔatumi de hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera ayɛ ntamanwemfo adwuma. Mmarima yi bɛyɛ nnwuma ahorow nyinaa bi, na wobedi adwini horow nyinaa bi.

36 “Besalel ne Oholiab bɛyɛ adwuma no; wɔne odwumayɛni biara a ne ho akokwaw* a Yehowa ama no nyansa ne nimdeɛ a obetumi de ayɛ adwuma kronkron a Yehowa de ahyɛ mo nsa no.”+

2 Enti Mose frɛɛ Besalel ne Oholiab ne obiara a ne ho akokwaw a Yehowa de nyansa ahyɛ ne komam;+ ɔfrɛɛ obiara a ne koma kaa no sɛ ɔmmɛyɛ adwuma no bi.+ 3 Ɛnna wogyee nneɛma a Israelfo no de bae+ sɛ wɔmfa nyɛ adwuma kronkron no nyinaa fii Mose hɔ. Nanso wɔkɔɔ so ara de ayamye afɔre no brɛɛ no anɔpa biara.

4 Bere a wofii adwuma kronkron no ase no, ɛwɔ hɔ ara a na adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw no baako aba, 5 na wabɛka akyerɛ Mose sɛ: “Nneɛma a nkurɔfo no de reba no dɔɔso, na ɛboro adwuma a Yehowa se yɛnyɛ no so.” 6 Ɛnna Mose ma wɔbɔɔ amanneɛ wɔ asoɛe hɔ nyinaa sɛ: “Mmarima ne mmea, mma obiara mmfa ntoboa kronkron no bi mmma bio.” Enti nkurɔfo no amfa biribiara amma bio. 7 Ná nea wɔanya no bɛso adwuma no nyinaa ama ebi aka.

8 Enti adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw+ no nyinaa sii ɔsom ntamadan no.+ Wɔde hama papa a wɔde yɛ nwera, hama bruu, hama afasebiri, ne hama kɔkɔɔ nwenee ntama du a wɔde bɛyɛ ntamadan no, na ɔnwenee* kerubim wom.+ 9 Ná ntama no mu biara tenten yɛ basafa* 28, na emu biara tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 4. Ná ntama no nyinaa kɛse yɛ pɛ. 10 Ɔde ntama anum toatoaa so yɛɛ no baako, na ɔde anum a aka no nso toatoaa so yɛɛ no baako. 11 Afei ɔde hama bruu yɛɛ nhankare totoo ntama no baako ano wɔ baabi a wɔbɛka asi baako no anim, na ɔyɛɛ saa ara wɔ ntama foforo no nso ano wɔ baabi a wɔbɛka abien no abom no. 12 Ɔyɛɛ nhankare 50 wɔ ntama no baako ano, na ɔyɛɛ 50 wɔ ntama a aka no nso ano wɔ baabi a wɔbɛka abien no abom no; enti, na nhankare no di nhwɛanim. 13 Owiei no, ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nnade nketewa 50, na ɔde susoo ntama abien no mu ma ɛyɛɛ baako.

14 Afei ɔde apɔnkye nwi yɛɛ ntama 11 a ɔde bɛkata ɔsom ntamadan no so.+ 15 Ntama no mu biara tenten yɛ basafa 30, na emu biara tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 4. Ná ntama 11 no nyinaa yɛ pɛ. 16 Ɛnna ɔkekaa ntama anum sisii anim yɛɛ no ntama baako, na ɔkaa asia a aka no nso sii anim yɛɛ no baako. 17 Afei ɔyɛɛ nhankare 50 totoo ntama a wɔaka abom no baako ano wɔ baabi a wɔbɛka asi baako no anim no, na ɔyɛɛ 50 wɔ ntama a aka no nso ano wɔ baabi a wɔbɛka abien no abom no. 18 Afei ɔde kɔbere yɛɛ nnade nketewa 50 de susoo ntama abien no mu ma ɛyɛɛ baako.

19 Ɔde adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ nkataso, na ɔde sukraman* nhoma nso yɛɛ nkataso foforo guu so.+

20 Ɛnna ɔpaapae ɔkanto nnua+ sisii hɔ de yɛɛ ɔsom ntamadan no nnua.+ 21 Nnua no biara tenten yɛ basafa du na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa baako ne fã. 22 Ɔyɛɛ pɔw abien a ɛsa so wɔ nnua no biara ase. Nnua a ɔde sisii hɔ maa ɔsom ntamadan no, ɔyɛɛ ne nyinaa saa ara. 23 Enti ɔde nnua no mu 20 sisii ɔsom ntamadan no fã a ɛhwɛ anaafo fam no. 24 Afei ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinaso 40 a ɔde nnua 20 no besisi so. Ná ntamadan no nnua no biara wɔ pɔw abien, na ɔde nnyinaso abien hyɛɛ baako ase, na ɔde abien abien hyehyɛɛ nnua a aka no mu biara ase.+ 25 Ɔde nnua 20 nso sisii ɔsom ntamadan no fã noho a ɛhwɛ atifi fam no, 26 na ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinaso 40 a nnua no besisi so. Ntamadan dua baako nyaa nnyinaso abien, na nnua a aka no mu biara nso nyaa nnyinaso abien.

27 Ɔsom ntamadan no akyi a ɛhwɛ atɔe fam no nso, ɔde nnua no asia sisii hɔ.+ 28 Ɔyɛɛ ntamadan nnua no abien de sisii ɔsom ntamadan no ntwea abien so wɔ akyi. 29 Ntamadan nnua no, ɔkaa ɛhɔ de no bɔɔ so abien fi fam kosii soro ma ehyiae wɔ baabi a kawa a edi kan no wɔ no. Saa ara na ɔyɛɛ abien a esisi ntamadan no ntwea so no. 30 Enti ne nyinaa yɛɛ nnua awotwe ne dwetɛ nnyinaso 16; ntamadan dua biara nyaa nnyinaso abien wɔ ase.

31 Afei ɔde ɔkanto nnua yɛɛ mmeamu anum beabeaa ntamadan nnua no mu wɔ ɔfã baako,+ 32 na ɔde mmeamu anum beabeaa nnua no mu wɔ ɔfã foforo, na ɔde anum nso beabeaa ɔsom ntamadan no akyi a ɛhwɛ atɔe fam no. 33 Mmeamu a ɛwɔ ntamadan nnua no mfinimfini no de, ɔyɛɛ no tenten baako fi ti kosi ti. 34 Ɔde sika kɔkɔɔ faa ntamadan nnua no ho, na ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa a mmeamu no bɛhyehyɛ mu no. Mmeamu no nso, ɔde sika kɔkɔɔ faa ho.+

35 Afei ɔde hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntwamutam,+ na ɔnwenee kerubim wom.+ 36 Ɛnna ɔde ɔkanto yɛɛ adum anan a ɔde bɛsensɛn so, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho. Ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ adum no ho nsusomu, na ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinaso anan a wɔde besisi so. 37 Afei ɔde hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera nwenee ntama* a ɔde bɛsɛn ntamadan no kwan ano.+ 38 Na ɔyɛɛ adum anum ne ɛho nsusomu. Ɔde sika kɔkɔɔ faa adum no soro ne ne nsusomu ho. Ne nnyinaso anum no de, kɔbere na ɔde yɛe.

37 Afei Besalel+ de ɔkanto dua yɛɛ Adaka no.+ Ɔyɛɛ ne tenten basafa* abien ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa baako ne fã, na efi soro besi fam yɛ basafa baako ne fã.+ 2 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa emu ne ɛho nyinaa, na ɔde sika kɔkɔɔ no bi totoo ano hyiae.+ 3 Afei ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa anan bobɔɔ baabi wɔ ne nan no biara soro; nkawa abien wɔ ha a, na abien nso wɔ ha. 4 Ɛnna ɔde ɔkanto dua sen nnua nteaanteaa, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa.+ 5 Afei ɔde nnua no hyehyɛɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛn na wɔde asoa Adaka no.+

6 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ ne mmuaso.+ Ná ne tenten yɛ basafa abien ne fã, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fã.+ 7 Afei ɔde hamma* boroo sika kɔkɔɔ yɛɛ kerubim abien,+ na ɔde sisii mmuaso+ no afã abien no nyinaa. 8 Ɔde kerubim no sisii mmuaso no afã abien no nyinaa. Ɔde kerubim baako sii mmuaso no fã ha, na ɔde baako nso sii ɔfã ha. 9 Ná kerubim abien no atrɛtrɛw wɔn ntaban mu kɔ soro, na ɛkataa adaka no mmuaso so.+ Kerubim no dii nhwɛanim, na na wɔn anim kyerɛ mmuaso no.+

10 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ ɔpon no.+ Ɔyɛɛ ne tenten basafa abien, ne tɛtrɛtɛ basafa baako, na efi soro besi fam basafa baako ne fã.+ 11 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa, na ɔde sika kɔkɔɔ no bi totoo ano hyiae. 12 Afei ɔyɛɛ mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsayam* twaa ho hyiae, na ɔde sika kɔkɔɔ twaa mfomfamho no ho hyiae. 13 Na ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa anan, na ɔde nkawa no bobɔɔ ntwea anan no ho, baabi a ne nan anan no sisi no. 14 Ná nkawa no bɛn mfomfamho a ɔde atwa ɔpon no ho ahyia no; ɛno na na wɔde nnua bɛhyehyɛ mu de asoa ɔpon no. 15 Afei ɔde ɔkanto dua sen nnua nteaanteaa a wɔde bɛsoa ɔpon no, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa. 16 Ɛno akyi no, ɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ nneɛma a wɔde besisi ɔpon no so: nyowa, nkuruwa nketewa ne akɛse, ne nkankyee a wɔde behwie afɔrebɔ nsã.+

17 Afei ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ amapa de yɛɛ kaneadua+ no. Sɛnea ɔyɛɛ no ni: Ɔma enyaa nea ebegyina so, ɛnan, nkuruwa, funuma, ne nhwiren. Ɔyɛɛ ne nyinaa boom baako.+ 18 Kaneadua no nyaa nkorabata asia, nkorabata abiɛsa wɔ ɔfã baako na abiɛsa nso wɔ ɔfã a aka no. 19 Ɔmaa ɔfã baako nkorabata biara nyaa nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ aborɔfo nkate nhwiren, funuma, ne nhwiren; wufi funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Ɔmaa ɔfã a aka no nso nkorabata biara nyaa nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ aborɔfo nkate nhwiren, funuma, ne nhwiren; wufi funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Saa na ɔyɛɛ nkorabata asia a ɛwowɔ kaneadua no nan ho nyinaa. 20 Afei ɔyɛɛ nkuruwa anan a ɛte sɛ aborɔfo nkate nhwiren wɔ kaneadua no nan ho. Na ɔyɛɛ funuma ne nhwiren nso wɔ ho; wufi funuma so a, na wokɔ nhwiren so. 21 Faako a nkorabata abien a edi kan no pue fi kaneadua no ho no, ɔyɛɛ funuma wɔ ase; faako a nkorabata abien a edi hɔ no pue no, ɔyɛɛ funuma wɔ ase; faako a nkorabata abien a etwa to no pue no nso, ɔyɛɛ funuma wɔ ase. Enti baabi a nkorabata asia no paapae wɔ kaneadua no ho biara, ɔyɛɛ bi wɔ ase. 22 Funuma ne nkorabata ne kaneadua mu no nyinaa, ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ amapa na ɔyɛɛ ne nyinaa boom baako. 23 Ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ nkanea ason,+ ɛho nneɛma a wɔde fa ogya ne nkankyee a wɔde ogya gu mu. 24 Sika kɔkɔɔ amapa dwetikɛse* baako na ɔde yɛɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa.

25 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ aduhuam afɔremuka.+ N’afã anan nyinaa ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ; ɔmaa ne tenten yɛɛ basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛɛ basafa baako; efi fam kosi soro nso yɛɛ basafa abien. Ɔyɛɛ ɛne ne mmɛn nyinaa boom.+ 26 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa, ne soro, nkyɛnkyɛn, ne ne mmɛn ho, na ɔde sika kɔkɔɔ totoo ano hyiae. 27 Afei baabi a ɔde sika kɔkɔɔ totoo ano hyiae no, ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa abien abien wɔ n’ase, ebi wɔ ɔfã ha na ebi nso wɔ ɔfã ha. Ɛno na na wɔde nnua no bɛhyehyɛ mu de asoa. 28 Ɛno akyi no, ɔde ɔkanto dua sen nnua nteaanteaa a wɔde bɛsoa, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa. 29 Afei ɔyɛɛ ɔsrango kronkron+ no ne aduhuam+ kurennyenn a wɔafra no yiye paa no.

38 Ɔde ɔkanto dua yɛɛ afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so. N’afã anan nyinaa ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ; ne tenten yɛ basafa* anum, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum. Efi soro besi fam nso, ɔyɛɛ no basafa abiɛsa.+ 2 Afei ɔyɛɛ mmɛn wɔ ntwea anan no so. Ɔyɛɛ afɔremuka ne mmɛn no nyinaa boom. Owiei no, ɔde kɔbere faa afɔremuka no ho.+ 3 Ɛno akyi no, ɔyɛɛ afɔremuka no ho nneɛma nyinaa, ade a wɔde nsõ begu mu, sofi, nkankyee, adinam, ne nkankyee a wɔde ogya gu mu. Kɔbere na ɔde yɛɛ ɛho nneɛma nyinaa. 4 Ɔde kɔbere yɛɛ nkantankantan de hyɛɛ afɔremuka no mfinimfini. 5 Ɔyɛɛ nkawa anan a wɔde nnua nteaanteaa no bɛhyehyɛ mu wɔ ntwea anan no so wɔ baabi a ɛbɛn kɔbere nkantankantan no. 6 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ nnua nteaanteaa no, na ɔde kɔbere faa ho. 7 Ɔde nnua no hyehyɛɛ nkawa a ɛwɔ afɔremuka no nkyɛnkyɛn no mu na wɔde asoa. Ɔde nnua yɛɛ afɔremuka no te sɛ adaka a enni mmuaso.

8 Ɔde kɔbere yɛɛ ɔsɛn+ ne ne nnyinaso. Nhwehwɛ* na ɔde yɛe; mmea a wɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔbɛsomee wɔ ahyiae ntamadan no ano no, wɔn hɔ na onya fii.

9 Afei ɔyɛɛ adiwo wɔ ntamadan no ho.+ Ɔde hama papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntama sensɛn adiwo no fã a ɛhwɛ anaafo fam no; ɛhɔ de no, ɔmaa ne tenten yɛɛ basafa 100.+ 10 Ɔde kɔbere yɛɛ adum 20 ne nnyinaso 20 no, na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no nsusomu ne ne nkawa. 11 Ɔfã a ɛhwɛ atifi fam no nso, ɔyɛɛ ntama a ne tenten yɛ basafa 100 sensɛn hɔ. Na ɔde kɔbere yɛɛ adum 20 ne nnyinaso 20, na ɔde dwetɛ yɛɛ ɛho nsusomu ne nkawa no. 12 Adiwo no fã a ɛhwɛ atɔe fam no de, ɔde ntama a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50 sɛn hɔ. Ɔyɛɛ adum du sisii nnyinaso du so, na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no ho nsusomu ne nkawa no. 13 Ná ne fã a ɛhwɛ apuei fam no nso tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50. 14 Sɛ worewura adiwo hɔ a, na ntama a ne tenten yɛ basafa 15 sɛn ɔfã baako. Ná ɛwɔ adum abiɛsa a esisi nnyinaso abiɛsa so. 15 Sɛ worewura adiwo hɔ a, na ntama a ne tenten yɛ basafa 15 nso sɛn ɔfã noho. Ná ɛwɔ adum abiɛsa a esisi nnyinaso abiɛsa so. 16 Ɔde hama papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntama twaa adiwo no ho hyiae. 17 Kɔbere na ɔde yɛɛ adum no nnyinaso nyinaa. Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ adum no nsusomu ne ne nkawa, na ɔde dwetɛ faa adiwo hɔ adum no nyinaa ho; nneɛma a wɔde susoo mu no nso, ɔde dwetɛ na ɛyɛe.+

18 Ɔde hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntama* a ne tenten yɛ basafa 20 sɛn adiwo no kwan ano, na efi soro besi fam nso na ɛyɛ basafa 5 te sɛ ntama a ɛsensɛn adiwo hɔ no.+ 19 Adum anan ne nnyinaso anan no, kɔbere na ɔde yɛe. Ɛho nsusomu ne nkawa no nso, na ɛyɛ dwetɛ, na ɔde dwetɛ faa adum no soro. 20 Nea wɔde bobɔɔ ɔsom ntamadan no ne adiwo no ntama mu tim fam nyinaa, kɔbere na ɔde yɛe.+

21 Nneɛma a wɔde yɛɛ ɔsom ntamadan a Adanse+ Adaka no wom no, Mose ma wobuu ne nyinaa ano huu ne dodow. Ɔde saa adwuma no hyɛɛ Lewifo no nsa,+ na ɔsɔfo Aaron ba Itamar+ na na ɔda wɔn ano. 22 Hur ba Uri ba a ɔde Besalel+ a ofi Yuda abusuakuw mu no yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa. 23 Ná Ahisamak ba Oholiab+ a ofi Dan abusuakuw mu no ka ne ho. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ odwumfo ne ntamanwemfo a otumi de hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera nwene nneɛma.

24 Sika kɔkɔɔ a wɔde yɛɛ kronkronbea hɔ adwuma nyinaa, ne dodow ne sika kɔkɔɔ a wɔde bɔɔ ohim afɔre no nyinaa yɛ pɛ.+ Ná esi dwetikɛse* 29 ne nnwetɛbona* 730, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.* 25 Asafo no mu nnipa a wɔkan wɔn no, dwetɛ a wɔde bae no si dwetikɛse 100 ne nnwetɛbona 1,775, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.* 26 Dwetɛbona fã a wogyigyei no, obiara a wadi mfe 20 rekɔ a wɔkan no no de dwetɛbona fã bae,+ sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.* Ná wɔn nyinaa dodow yɛ 603,550.+

27 Dwetɛ a wɔde yɛɛ kronkronbea no nnyinaso ne ntwamutam no nnyinaso si dwetikɛse 100. Nnyinaso+ 100 no yɛ dwetikɛse 100, kyerɛ sɛ nnyinaso biara yɛ dwetikɛse baako. 28 Na ɔde nnwetɛbona 1,775 yɛɛ adum no nsusomu, na ɔde dwetɛ faa ho, ɛnna ɔka boom.

29 Kɔbere a wɔde bɛyɛɛ akyɛde* no si dwetikɛse 70 ne nnwetɛbona 2,400. 30 Ɛno na ɔde yɛɛ nnyinaso a ɛwɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, kɔbere afɔremuka no, kɔbere nkantankantan a ɛda so no, ne afɔremuka no ho nneɛma nyinaa; 31 ɛno ara nso na ɔde yɛɛ nnyinaso a ɛwɔ adiwo hɔ no, nnyinaso a ɛwɔ adiwo no kwan ano, ne nea wɔde bobɔɔ adiwo ntama no mu tim fam no nyinaa.+

39 Wɔde hama bruu, hama afasebiri, ne hama kɔkɔɔ+ no nwenee ntaade kama a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Wɔpam ntaade kronkron no maa Aaron,+ sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

2 Ɔde sika kɔkɔɔ, hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ efɔd*+ no. 3 Wɔde hamma* boroo sika kɔkɔɔ yɛɛ no ntraantraa, na otwitwaa no nteanteaa de kaa hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera no ho de nwenee efɔd no. 4 Wɔyɛɛ ade totoo ne mmati no so de kaa anim ne akyi no boom. 5 Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, wɔde sika kɔkɔɔ, hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera no ara bi nwenee abɔso* de bɔɔ efɔd no mu; ɛno na wɔde bɛkyekyere abom kama.+

6 Afei wɔde abohene tuntum no tetaree biribi te sɛ nsiase nketewa bi a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ so, na wɔkyerɛw* Israel mma din wɔ so sɛnea wɔkyerɛw ade wɔ ahyɛnsode so no.+ 7 Ɔde sisii efɔd no mmati so sɛ wɔmfa nyɛ nkae abo mma Israel mma,+ sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. 8 Afei ɔde sika kɔkɔɔ, hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, ne hama papa a wɔde yɛ nwera nwenee nkatabo+ no te sɛ efɔd no.+ 9 Sɛnea wɔyɛɛ nkatabo no, sɛ wobu to so abien a, n’afã anan nyinaa yɛ pɛ, ne tenten yɛ nsayam abiɛsa,* na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ nsayam abiɛsa. 10 Wɔde abohene tetaree mu, na na ɛsesa so anan. Ná nsãso a edi kan no yɛ abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ne ahabammonobo. 11 Nsãso a ɛto so abien no, na ɛyɛ nsrammabo, hoabo, ne ahwehwɛbo. 12 Nsãso a ɛto so abiɛsa no, na ɛyɛ akutuhonobo, mfrafraebo, ne beredumbo. 13 Ná nsãso a ɛto so anan no yɛ sikaberebo, abohene tuntum, ne abohene ahabammono. Wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nsiase de abohene no biara tetaree so. 14 Israel mma 12 no, ɔkyerɛw wɔn mu biara din wɔ ɔbo baako so. Ɔkyerɛw no sɛnea wɔkyerɛw ade wɔ ahyɛnsode so, na ɔde ebiara gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuw 12 no mu baako.

15 Afei wɔde sika kɔkɔɔ amapa nwenee biribi te sɛ hama totoo nkatabo no anoano hyiae.+ 16 Wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nsiase abien ne nkawa abien, na wɔde nkawa abien no hyehyɛɛ nkatabo no ano wɔ ha ne ha. 17 Afei wɔde nhama abien a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no hyehyɛɛ nkawa abien no mu wɔ nkatabo no ano wɔ ha ne ha. 18 Ɛnna wɔde sika kɔkɔɔ nhama abien no fã a aka no faa efɔd no anim kɔhyehyɛɛ nsiase no mu wɔ efɔd no mmati so. 19 Wowiei no, wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa abien de hyehyɛɛ nkatabo no fã a wɔabu ato so no anoano.+ 20 Ɛnna wɔsan de sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa abien hyehyɛɛ efɔd no mu wɔ baabi a abɔso no bɔ efɔd no mu no. Ná ɛwɔ abɔso no soro kakra. 21 Afei nkawa a ɛwɔ efɔd no mu no, wɔde hama bruu hyehyɛɛ mu, na wɔsan de kyekyeree nkatabo no nkawa mu bɔɔ efɔd no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nkatabo no bɛda efɔd no so yiye wɔ abɔso no soro, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

22 Afei nsasin a ɛwɔ efɔd no ase no, ɔmaa obi a ɔnwene ade nwenee; ɔde hama bruu nkutoo na ɛyɛe.+ 23 Wotwaa ataade no mfinimfini de yɛɛ ne kɔn te sɛ dade akotaade kɔn, na wɔnwenee ano hyiae sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrentew mfa mu. 24 Ɛno akyi no, wɔde hama bruu, hama afasebiri, ne hama kɔkɔɔ nwenee granate akutu* sensɛn nsasin no ano hyiae. 25 Afei wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ adɔmma hyehyɛɛ granate akutu no ntam wɔ nsasin no ano hyiae; 26 enti granate akutu biara akyi no, sika kɔkɔɔ adɔmma toa so; wɔde sesãã so wɔ nsasin a wɔde yɛ asɔfodwuma no ano hyiae, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

27 Afei wɔmaa obi a ɔnwene ade de nwera pa nwenee ntaade tenten maa Aaron ne ne mma,+ 28 na wɔde nwera pa no bi nwenee abotiri,+ abotiri a wɔadi adwini agu ho,+ ne nika,*+ 29 na wɔde hama papa a wɔde yɛ nwera, hama bruu, hama afasebiri, ne hama kɔkɔɔ nwenee nea ɔde bɛbɔ ne mu, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

30 Wowiei no, wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ ade tratraa hyɛnn bi, ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron* no, na wɔkyerɛw so sɛnea wɔkyerɛw ade wɔ ahyɛnsode so no. Wɔkyerɛw so sɛ: “Yehowa ne Ɔkronkronni no.”+ 31 Wɔde hama bruu soo mu de bɔɔ abotiri no anim, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

32 Enti afei ɔsom ntamadan no, kyerɛ sɛ, ahyiae ntamadan kronkron no ho adwuma nyinaa baa awiei, na Israelfo no yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa.+ Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

33 Ɛnna wɔde ɔsom ntamadan+ no ho nneɛma nyinaa brɛɛ Mose: ɛho ntama, emu nneɛma, ɛho nnade nketewa,+ ntamadan nnua+ no ne ne mmeamu,+ ɛho adum ne ne nnyinaso;+ 34 nkataso a wɔde adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ+ ayɛ, nkataso foforo a wɔde sukraman* nhoma ayɛ, ntwamutam no;+ 35 Adanse Adaka no ne nnua a wɔde soa+ ne ne mmuaso;+ 36 ɔpon no ne ɛho nneɛma nyinaa+ ne paanoo a wɔde kyerɛ; 37 kaneadua a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ ne ɛho nkanea+ a ɛsesa so no, ne ɛho nneɛma nyinaa,+ ne ngo a wɔde begu nkanea no mu;+ 38 sika kɔkɔɔ afɔremuka no,+ ɔsrango no,+ aduhuam no,+ ntama*+ a wɔde bɛsɛn ntamadan no kwan ano; 39 kɔbere afɔremuka+ ne kɔbere nkantankantan a ɛda so no, ɛho nnua a wɔde bɛsoa+ ne ɛho nneɛma nyinaa,+ ɔsɛn no ne ne nnyinaso;+ 40 ntama a ɛsensɛn adiwo hɔ ne n’adum ne ne nnyinaso,+ ntama*+ a ɛwɔ adiwo no kwan ano, ne ɛho nhama ne nea wɔde bɛbobɔ ntamadan no mu atim fam,+ ne nneɛma a wɔde bɛyɛ ɔsom ntamadan no, kyerɛ sɛ, ahyiae ntamadan no mu adwuma nyinaa; 41 ɛne ntaade a wɔanwene no kama a wɔde bɛsom wɔ tenabea kronkron hɔ, ɔsɔfo Aaron ntaade kronkron,+ ne ntaade a ne mma de bɛsom sɛ asɔfo no.

42 Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa pɛpɛɛpɛ na Israelfo no yɛɛ adwuma no nyinaa.+ 43 Bere a Mose hwɛɛ adwuma no nyinaa no, ohui sɛ wɔayɛ no sɛnea Yehowa kae no pɛpɛɛpɛ. Ɛnna Mose hyiraa wɔn.

40 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Bosome a edi kan no da a edi kan no, si ɔsom ntamadan no, kyerɛ sɛ, ahyiae ntamadan no.+ 3 Fa Adanse Adaka no+ si mu na fa ntwamutam no sɛn hɔ na obi anhu Adaka no.+ 4 Afei fa ɔpon no+ si mu na fa ɛso nneɛma no sisi so pɛpɛɛpɛ. Fa kaneadua no+ bra mu na sosɔ ɛso nkanea no.+ 5 Afei fa sika kɔkɔɔ aduhuam afɔremuka+ no si ɔsom ntamadan no mu na ɛmmɛn baabi a Adanse Adaka no wɔ no, na fa ntama* sɛn ɔsom ntamadan no kwan ano.+

6 “Fa afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so+ no si ɔsom ntamadan no, kyerɛ sɛ, ahyiae ntamadan no abɔnten. 7 Fa ɔsɛn no si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na fa nsu gu mu.+ 8 Afei yɛ adiwo+ wɔ ntamadan no ho hyia, na fa ntama*+ sɛn adiwo no kwan ano. 9 Wuwie a, fa ɔsrango+ no, na sra ɔsom ntamadan no ne nea ɛwom nyinaa,+ na dwira ɔsom ntamadan no ne ɛho nneɛma nyinaa ho ma ɛnyɛ kronkron. 10 Sra afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no ne ɛho nneɛma nyinaa, na dwira afɔremuka no ho sɛnea ɛbɛyɛ a afɔremuka no bɛyɛ kronkron paa.+ 11 Sra ɔsɛn no ne ne nnyinaso no nso na dwira ho.

12 “Afei fa Aaron ne ne mma no bra ahyiae ntamadan no ano na fa nsu guare wɔn.+ 13 Fa ntaade kronkron no hyɛ Aaron,+ na sra no+ na dwira ne ho ma ɔnsom wɔ m’anim sɛ ɔsɔfo. 14 Ɛno akyi no, ma ne mma no nso mmra, na fa ntaade tenten no hyɛ wɔn.+ 15 Sra wɔn sɛnea wosraa wɔn papa no+ ma wɔnsom wɔ m’anim sɛ asɔfo. Sɛ wosra wɔn a, ɛbɛma wɔabɛyɛ asɔfo daa wɔ wɔn awo ntoatoaso mu.”+

16 Mose yɛɛ nea Yehowa kae sɛ ɔnyɛ no nyinaa.+ Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

17 Da a edi kan wɔ afe a ɛto so abien no bosome a edi kan mu no, wosii ɔsom ntamadan no.+ 18 Bere a Mose resi ɔsom ntamadan no, ɔde nnyinaso+ no totoo fam na ɔde ntamadan nnua no+ hyehyɛɛ mu. Afei ɔde mmeamu+ beabeaa nnua no mu, na osisii adum no. 19 Ɔde ntama kataa ɔsom ntamadan no so,+ na ɔde nkataso+ foforo guu so, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

20 Ɛno akyi no, ɔde Adanse Abopon no+ guu Adaka no+ mu, na ɔde nnua nteaanteaa no+ hyehyɛɛ Adaka no ho de mmuaso no+ kataa Adaka no+ so. 21 Afei ɔde Adanse Adaka no baa ɔsom ntamadan no mu, na ɔde ntwamutam no+ sɛn hɔ na obi anhu Adaka no,+ sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

22 Afei ɔde ɔpon no+ sii ntwamutam no akyi wɔ ɔsom ntamadan no, kyerɛ sɛ, ahyiae ntamadan no atifi fam, 23 na ɔhyehyɛɛ paanoo no wɔ so+ wɔ Yehowa anim, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

24 Afei ɔde kaneadua no+ sii ahyiae ntamadan no, kyerɛ sɛ, ɔsom ntamadan no anaafo fam maa ɛne ɔpon no dii nhwɛanim. 25 Ɔsosɔɔ nkanea no+ wɔ Yehowa anim, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

26 Afei ɔde sika kɔkɔɔ afɔremuka no+ sii ahyiae ntamadan no mu wɔ ntwamutam no akyi; 27 ɛso na na wɔbɛhyew aduhuam,+ sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

28 Afei ɔde ntama* no+ sɛn ɔsom ntamadan no kwan ano.

29 Ɔde afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so+ no sii ɔsom ntamadan no, kyerɛ sɛ, ahyiae ntamadan no kwan ano, na wɔabɔ ɔhyew afɔre+ ne aduan afɔre wɔ so, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

30 Afei ɔde ɔsɛn no sii ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam de nsu a wɔde bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho guu mu.+ 31 Ɛhɔ na na Mose ne Aaron ne ne mma hohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. 32 Bere biara a wɔbɛkɔ ahyiae ntamadan no mu anaa wɔbɛkɔ afɔremuka no ho no, wɔhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho,+ sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

33 Afei ɔyɛɛ adiwo+ wɔ ɔsom ntamadan no ne afɔremuka no ho hyiae, na ɔde ntama* sɛn adiwo no kwan ano.+

Enti Mose wiee adwuma no. 34 Ɛnna omununkum bɛkataa ahyiae ntamadan no so, na Yehowa anuonyam bɛhyɛɛ ɔsom ntamadan no mu ma.+ 35 Omununkum a ɛkataa ɔsom ntamadan no so ne Yehowa anuonyam a na ahyɛ mu ma nti, Mose antumi ankɔ ahyiae ntamadan no mu.+

36 Israelfo akwantu nyinaa mu no, sɛ omununkum no fi ɔsom ntamadan no so a, na wɔatoa wɔn akwantu no so.+ 37 Nanso sɛ omununkum no wɔ so a, wɔtwɛn kosi da a ebefi so ansa na wɔatoa wɔn akwantu so.+ 38 Israelfo akwantu nyinaa mu no, na Yehowa mununkum wɔ ɔsom ntamadan no so anɔpa, na edu anadwo nso a, na adan ogya.+ Ná Israelfo nyinaa hu wɔ wɔn afi.

Anaa “Akra a wofi Yakob asen mu bae nyinaa si akra 70.”

Anaa “awo ntoatoaso.”

Nt., “Israel mma.”

Anaa “adwumaden so ahwɛfo.”

Anaa “Sɛ moregye Hebrini bea bi awo wɔ awo agua so.”

Anaa “mmusua.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Anaa “adaka.”

Anaa “demmire.”

Ɛkyerɛ, “Woyii No Fii Nsu Mu,” kyerɛ sɛ, wogyee no fii nsu mu.

Anaa “bere a Mose renya ahoɔden.”

Anaa “twitwa gyee.”

Kyerɛ sɛ, Yetro.

Ɛkyerɛ, “Ɔhɔho a Wabɛtena Hɔ.”

Nt., “Nna.”

Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Anaa “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ.” Hwɛ Nkh. A4.

Anaa “munnye Egyptfo ho nneɛma nyinaa.”

Anaa “wo nso wubesi Onyankopɔn ananmu akasa akyerɛ no.”

Anaa “wɔrehwehwɛ wo kra.”

Anaa “twɛrebo.”

Anaa “dua.”

Ebetumi nso akyerɛ, ɔbɔfo no nan ho.

Anaa “Monkɔhwɛ so nsoa mo nnesoa!”

Anaa “wɔyɛ anihafo.”

Eyi yɛ hwiit anaa baali dua a aka wɔ afuw mu bere a wɔatwa aduan no awie.

Anaa “Moyɛ anihafo.”

Anaa “moyɛ anihafo!”

Anaa “moama yɛn ho abɔn Farao ne ne nkoa.”

Anaa “basa a tumi wom.”

Nt., “atemmu.”

Nt., “memaa me nsa so.”

Nt., “wontwaa m’ano twetia.”

Nt., “Monhyehyɛ Israelfo sɛ asraafokuw.”

Nt., “wontwaa m’ano twetia.”

Nt., “mayɛ wo Onyankopɔn.”

Nt., “atemmu.”

Nt., “m’asafo.”

Kyerɛ sɛ, Nil asuasu.

Mmoa nketenkete bi a wɔte sɛ ntontom a na wɔwɔ Egypt.

Ɛyɛ ntummoa bi a wɔkeka.

Kyerɛ sɛ, Egyptfo nan.

Anaa “anni yɛn ho agoru.”

Anaa “matwa.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ anyinam a ano yɛ den.

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Ɛte sɛ hwiit, na na wɔtaa dua wɔ tete Egypt.

Anaa “ɛtaa ka akyi.”

Nt., “ayɛ afiri ama yɛn.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Mose.

Anaa “wobɛma yɛanya.”

Nt., “Aboa nan.”

Anaa “owiyammo.”

Nt., “ɔne nea ɔte bɛn no.”

Anaa “akra.”

Nt., “anwummere abien no ntam.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “nnyawa.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “wobetwa.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “wobetwa ɔkra a ɔte saa no.”

Kyerɛ sɛ, oguan ba anaa apɔnkye ba.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ɔhaw a ɛsɛe ade.”

Nt., “amoa mu; obon mu.”

Kyerɛ sɛ, nnipa a wɔnyɛ Israelfo a Egyptfo ka ho.

Anaa “dua.”

Nt., “Ɔbarima biara a obebue yafunu ano.”

Anaa “yi no si nkyɛn.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Hwɛ Nkh. B15.

Nt., “w’aniwa ntam.”

Nt., “obiara a obebue yafunu ano.”

Nt., “ade biara a ebue yafunu ano.”

Nt., “w’aniwa ntam.”

Nt., “nsa a wɔama so.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anadwo nnɔn 2 kosi anɔpa nnɔn 6.

Nt., “nsa.”

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.

Anaa “me kra koma bɛtɔ ne yam!”

Anaa “te sɛ sumpii.”

Nt., “Awo yaw beso Filistifo mu denneennen.”

Anaa “atumfo atirimɔdenfo.”

Ɛkyerɛ, “Nwenenwene.”

Nt., “Anwummere abien no ntam.”

Nnomaa bi a wɔte sɛ nkokɔhwerew.

Anaa “akra.”

Omer baako bɛyɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɔman no homee.”

Ebetumi akyerɛ “Ɛyɛ dɛn ade?” wɔ Hebri kasa mu.

Ɛyɛ adaka a wɔkora kyerɛwtohɔ titiriw so wom.

Efa yɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Ɛkyerɛ, “Sɔhwɛ.”

Ɛkyerɛ, “Akasakasa.”

Ɛkyerɛ, “Yehowa Ne Me Frankaa.”

Ɛkyerɛ, “Ɔhɔho a Wabɛtena Hɔ.”

Ɛkyerɛ, “Me Nyankopɔn Yɛ Boafo.”

Anaa “Yetro de nneɛma bae ma wɔbɔɔ.”

Anaa “m’agyapade a ɛda me koma so.”

Anaa “wɔntew.”

Ebia na ɛyɛ agyan na wɔbɛtow awɔ no.

Nt., “odwennini abɛn.”

Nt., “nhwɛ na wammɛn ɔbea.”

Anaa “mfa mmu me animtiaa.”

Nt., “w’apon mu.”

Anaa “adansekurum.”

Anaa “abo a wɔapae nyɛ.”

Nt., “w’adagyaw anna adi wɔ so.”

Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.

Nt., “obi gye no.”

Kyerɛ sɛ, ɔbarima ne ɔbea nna.

Anaa “ɔbɛfrɛ mmusu aba ne papa anaa ne maame so.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ade.”

Nt., “mmofra no fi ba.”

Anaa “opira kɛse.”

Anaa “ɔkra nsi ɔkra.”

Anaa “mpatade.”

Anaa “ne kra nkwa.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “bobeturo.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ɛbɛyɛ sɛ hwɛ a wanhwɛ so yiye nti na ɛbaa saa, anaa anka obetumi ayɛ tebea no ho biribi.

Anaa “wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ.”

Anaa “meyɛ ɔdomfo.”

Anaa “adansekurum.”

Anaa “na nni nnipa dodow akyi.”

Anaa “ɔbɔnefo mfa ne ho nni.”

Anaa “braeb.”

Anaa “munim sɛnea ɔhɔho nkwa (kra) te.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “w’afenaa babarima.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Hwɛ Nkh. B15.

Wɔsan frɛ no Nnawɔtwe Afahyɛ anaa Pentekoste Afahyɛ.

Wɔsan frɛ no Apata Afahyɛ.

Anaa “Mɛma moadi nna amee.”

Anaa “wɔbɛdan wɔn atiko akyerɛ wo.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔabɔ hu.”

Anaa “rennan amamfo.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Aboa bi a ɔwɔ nsu mu.

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “asae; abɔsobaa.”

Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.

Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Aboa bi a ɔwɔ nsu mu.

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.

Anaa “ntwamutam.”

Nt., “ɔwɔ nyansa koma.”

Nt., “mede nyansa honhom ahyɛ wɔn mu.”

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bɛlt.”

Anaa “kurukyerɛw.”

Bɛyɛ sɛnt. 22.2. Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “koma.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “pomegranate.”

Nt., “fa tumi hyɛ wɔn nsa.”

Anaa “twakoto.”

Nt., “n’aba.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bɛlt.”

Anaa “ahemmotiri kronkron.”

Nt., “de tumi ahyɛ Aaron ne ne mma nsa.”

Anaa “nnyawa.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Nt., “bɛhyɛ wɔn nsa ma.”

Nt., “ɔyɛ ɔhɔho,” kyerɛ sɛ, ɔbarima a omfi Aaron abusua mu.

Nt., “bɛhyɛ wɔn nsa ma.”

Nt., “anwummere abien no ntam.”

Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.

Efa yɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “anwummere abien no ntam.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “anwummere abien no ntam.”

Anaa “ne kra.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛnea wobu dwetɛbona kronkron ano no.”

Gerah baako yɛ gram 0.57. Hwɛ Nkh. B14.

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “mo kra.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “sɛnea wobu dwetɛbona kronkron ano no.”

Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “mofra no te sɛ aduhuamfrafo nsa ano adwuma.”

Nt., “ɔyɛ ɔhɔho,” kyerɛ sɛ, ɔbarima a omfi Aaron abusua mu.

Anaa “wobetwa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mofra no te sɛ aduhuamfrafo nsa ano adwuma.”

Anaa “wobetwa.”

Nt., “mabɔ ne din afrɛ no.”

Nt., “komam anyansafo.”

Anaa “wotwa.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “honi a wɔagu.”

Anaa “honi a wɔagu.”

Anaa “nkurɔfo yi asen wɔn kɔn.”

Anaa “bɔɔ mmɔden sɛ obedwudwo Yehowa, ne Nyankopɔn bo.”

Anaa “sesa w’adwene wɔ ho.”

Nt., “mo aba.”

Nt., “mo aba.”

Anaa “Yehowa sesaa n’adwene wɔ bɔne a ɔde reba ne nkurɔfo so no ho.”

Anaa “anwonwadwuma.”

Nt., “Monhyɛ mo nsam den.”

Nt., “W’aba.”

Anaa “moasen mo kɔn.”

Anaa “ɔman a moasen mo kɔn.”

Nt., “yiyii wɔn agude no.”

Anaa “Mapaw wo.”

Nt., “M’anim.”

Nt., “w’anim.”

Anaa “mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo.”

Anaa “ɛwom sɛ yɛasen yɛn kɔn.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Yehowa, ne din mpɛ.”

Anaa “ɔne obiara nkyɛ ne som.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Hwɛ Nkh. B15.

Nt., “Nea ebue yafunu ano.”

Anaa “di homeda.”

Wɔsan frɛ no Apata Afahyɛ.

Yebetumi aka sɛ Yehowa na ɔkyerɛwee. Hwɛ nkyekyɛm 1.

Nt., “Nsɛm Du.”

Nt., “ɔne no.”

Aboa bi a ɔwɔ nsu mu.

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ɔwɔ nyansa koma.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ohim afɔre.”

Anaa “too asaawa.”

Nt., “ɔwɔ nyansa koma.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Besalel ho.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Aboa bi a ɔwɔ nsu mu.

Anaa “ntwamutam.”

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “asae; abɔsobaa.”

Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.

Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, ahwehwɛ a wɔde fagude te sɛ kɔbere a wɔatwiw ho hyɛnhyɛn na ayɛ.

Anaa “ntwamutam.”

Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛnea wobu dwetɛbona kronkron ano no.”

Anaa “sɛnea wobu dwetɛbona kronkron ano no.”

Anaa “sɛnea wobu dwetɛbona kronkron ano no.”

Anaa “ohim afɔre.”

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “asae; abɔsobaa.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “wokurukyerɛw.”

Bɛyɛ sɛnt. 22.2. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “pomegranate.”

Anaa “twakoto.”

Anaa “ahemmotiri kronkron.”

Aboa bi a ɔwɔ nsu mu.

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena