Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Leviticus 1:1-27:34
  • Leviticus

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Leviticus
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Leviticus

LEVITICUS

1 Na Yehowa frɛɛ Mose wɔ ahyiae ntamadan no mu,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo* no sɛ, ‘Sɛ mo mu bi pɛ sɛ ɔde aboa bɔ afɔre ma Yehowa a, nantwi anaa oguan na ɔmfa mmɔ afɔre no.+

3 “‘Sɛ nantwi na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre no a, ɔmfa onini a ɔte apɔw mmra.+ Omfi ne pɛ mu+ mfa mmra Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano. 4 Ma ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre no apampam, na wɔbɛpene so agye de apata ne bɔne.

5 “‘Afei ma wonkum nantwi ba no wɔ Yehowa anim, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no+ mfa mogya no mmra, na afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no kwan ano no, wɔmfa mpete so nhyia.+ 6 Ma wonyi aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre no nhoma, na wontwitwa nam no asinasin.+ 7 Ma Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no nsɔ afɔremuka no so gya+ na wɔnhyehyɛ anyina wɔ ogya no so. 8 Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no bɛhyehyɛ nam asinasin no,+ na wɔahyehyɛ ne ti ne ne srade* no nyinaa wɔ afɔremuka no gya no so. 9 Ma wɔmfa nsu nhohoro ne nsono ne ne nan* ho, na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa wɔ afɔremuka no so na ɛnyɛ ɔhyew afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+

10 “‘Na sɛ ayɛmmoa+ na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre a, sɛ ɛyɛ odwennini kumaa oo, apɔnkye oo, ɔnhwɛ sɛ ɔde onini a ɔte apɔw na ɛbɛba.+ 11 Ɛsɛ sɛ wokum no wɔ Yehowa anim wɔ afɔremuka no fã a ɛhwɛ atifi fam no, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.+ 12 Ma ontwitwa nam no asinasin, na ɔmfa ne ti ne ne srade* nka ho, na ɔsɔfo no nhyehyɛ wɔ afɔremuka no gya no so. 13 Ma ɔmfa nsu nhohoro ne nsono ne ne nan ho, na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa wɔ afɔremuka no so na ɛnyɛ ɔhyew afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.

14 “‘Nanso sɛ ntakraboa na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre ama Yehowa a, ɛnde ma ɔmfa mmuruburuw anaa mmorɔnoma mma mmra.+ 15 Ɔsɔfo no de bɛkɔ afɔremuka no ho na watew ne mene, na wahyew wɔ afɔremuka no so, nanso ɛsɛ sɛ odi kan sɔn ne mogya no gu afɔremuka no ho. 16 Ɛsɛ sɛ oyi ade a ɛhyɛ ne mene ase no, na otutu ne ntakra tow gu afɔremuka no fã a ɛhwɛ apuei fam, faako a wɔde nsõ* gu no.+ 17 Ma onso ne ntaban mu nwae ne mu abien, nanso ɛnsɛ sɛ ɔwae ma esi. Afei ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no gya no so na ɛnyɛ ɔhyew afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.

2 “‘Sɛ obi* pɛ sɛ ɔbɔ aduan afɔre+ ma Yehowa a, ma ɔmfa esiam muhumuhu, na onhwie ngo ngu so na ɔmfa ɛhyɛ* nka ho.+ 2 Ma ɔmfa mmrɛ Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no, na ɔsɔfo no nsaw esiam ne ngo no nsa ma, na ɛhyɛ* no de, ɔmfa ne nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔre no nyinaa.*+ Ɛbɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa. 3 Sɛ ɔbɔ aduan afɔre no wie a, aduan a ɛbɛka no nyinaa yɛ Aaron ne ne mma dea;+ ɛyɛ ade kronkron paa+ a efi afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no mu.

4 “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduan wɔ fononoo mu de bɛbɔ afɔre a, fa ngo fɔtɔw esiam muhumuhu yɛ paanoo a mmɔkaw* nnim a ɛte sɛ kawa, anaa yɛ paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim na fa ngo sra ho.+

5 “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduan wɔ apampaa so+ de bɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu a wɔde ngo afɔtɔw a mmɔkaw nnim yɛ. 6 Bubu mu asinasin na hwie ngo gu so.+ Ɛyɛ aduan afɔre.

7 “‘Na sɛ wopɛ sɛ wokyew aduan wɔ ɔsɛn mu de bɛbɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu ne ngo yɛ. 8 Fa aduan afɔre a wode saa nneɛma yi ayɛ no bra Yehowa anim; wɔde bɛma ɔsɔfo no na ɔde akɔ afɔremuka no ho. 9 Ma ɔsɔfo no nyi aduan afɔre no bi na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔre no nyinaa.*+ Ɛbɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+ 10 Sɛ ɔbɔ aduan afɔre no wie a, aduan a ɛbɛka no nyinaa yɛ Aaron ne ne mma dea; ɛyɛ ade kronkron paa a efi ogya afɔre a wɔbɔ ma Yehowa no mu.+

11 “‘Mommfa aduan a mmɔkaw wom biara mmmɔ afɔre mmma Yehowa,+ na monnhyew esiam a akaw anaa ɛwo mmfa mmmɔ afɔre mmma Yehowa.

12 “‘Mubetumi de abrɛ Yehowa sɛ aba a edi kan,+ nanso ɛnsɛ sɛ mohyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre huamhuam.*

13 “‘Sɛ worebɔ aduan afɔre biara a, fa nkyene to mu. Nkyene na ɛkae wo Onyankopɔn apam, enti mma bi mmpa w’aduan afɔre mu. Fa nkyene ka w’afɔre nyinaa ho.+

14 “‘Na sɛ wopɛ sɛ wode aba a edi kan brɛ Yehowa sɛ aduan afɔre a, fa hwiit* foforo a wɔde ogya atõtõ na wɔasiw bra, na ɛnyɛ aduan afɔre a efi w’aba a edi kan mu.+ 15 Fa ngo gu so na fa ɛhyɛ* ka ho. Ɛyɛ aduan afɔre. 16 Ma ɔsɔfo no mfa aduan afɔre no bi, kyerɛ sɛ, esiam ne ngo no bi, na ɔmfa ɛhyɛ* no nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔre no nyinaa.*+ Ɛyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa.

3 “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asomdwoe afɔre,+ na sɛ nantwi na ɔde reba a, onini oo, ɔbere oo, nea ɔte apɔw na ɔmfa mmra Yehowa anim. 2 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wonkum no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia. 3 Aboa a ɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre no, onyi n’afã a edidi so yi mfa nyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa:+ srade+ a ɛkata n’ayamde ho, nsono no ho srade nyinaa, 4 ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn n’asen no. Onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho.+ 5 Ma Aaron mma no nhyew wɔ afɔremuka no so nka ɔhyew afɔre a aka no ho. Wɔnhyew wɔ ogya no so.+ Ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+

6 “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔde oguan bɔ asomdwoe afɔre ma Yehowa a, onini oo, ɔbere oo, ɔmfa nea ɔte apɔw mmra.+ 7 Sɛ ɔde odwennini kumaa rebɛbɔ afɔre a, ɔmfa mmra Yehowa anim. 8 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wonkum no wɔ ahyiae ntamadan no anim. Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia. 9 Ɔmfa aboa a ɔde rebɔ asomdwoe afɔre no srade nyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+ Onyi ne dua a adɔ srade no nyinaa, srade a ɛkata n’ayamde ho, nsono no ho srade nyinaa, 10 ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn n’asen no. Onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho.+ 11 Ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so. Eyi yɛ aduan,* afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+

12 “‘Sɛ apɔnkye na ɔde rebɛbɔ afɔre a, ɔmfa mmra Yehowa anim. 13 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wonkum no wɔ ahyiae ntamadan no anim, na Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia. 14 Ɔfã a ɔde bɛyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no ni: srade a ɛkata n’ayamde ho, nsono no ho srade nyinaa,+ 15 ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn n’asen no. Onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho. 16 Ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so. Eyi yɛ aduan,* afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew. Srade no nyinaa yɛ Yehowa dea.+

17 “‘Momma eyi nyɛ ahyɛde a mubedi so daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu wɔ baabi a mobɛtena biara: Munnni srade anaa mogya+ biara.’”

4 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ obi* ani nna ne ho so na ɔkɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi a,+ ɛho asɛm ni:

3 “‘Sɛ ɔsɔfo a wɔasra no+ yɛ bɔne bi+ na ɛma ɔman no di fɔ a, ɛnde ɔmfa nantwinini kumaa a ɔte apɔw mmɔ ne bɔne no ho afɔre mma Yehowa.+ 4 Ma ɔmfa nantwi no mmra ahyiae ntamadan no kwan ano+ wɔ Yehowa anim, na ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na onkum no wɔ Yehowa anim.+ 5 Ma ɔsɔfo a wɔasra no no+ mfa nantwi no mogya no bi mmra ahyiae ntamadan no mu. 6 Afei ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu+ wɔ kronkronbea no ntwamutam no anim, na ɔmpete mogya no bi mpɛn ason+ wɔ Yehowa anim. 7 Aduhuam afɔremuka a ɛwɔ Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no mu no, ma ɔsɔfo no mfa mogya no bi nsosɔ ne mmɛn no ho.+ Afei onhwie nantwi no mogya a aka nyinaa ngu afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no ase.+ Saa afɔremuka yi na esi ahyiae ntamadan no kwan ano no.

8 “‘Ma onyi nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no srade a ɛkata n’ayamde ho, nsono no ho srade nyinaa, 9 ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn n’asen no. Afei onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho.+ 10 Monyɛ no sɛnea moyɛ nantwi a wɔde bɔ asomdwoe afɔre no.+ Ma ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no so.

11 “‘Nanso nantwinini no nhoma, ne nam nyinaa, ne ti, ne nan, ne nsono, ne ne bin,+ 12 kyerɛ sɛ, nea aka wɔ nantwi no ho nyinaa de, ma ɔmfa nkɔ asoɛe no akyi baabi a ɛhɔ tew a wɔtow nsõ* gu no, na ɔmfa ngu anyina so nhyew ne nyinaa.+ Baabi a wɔtow nsõ gu no, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ ɔhyew no.

13 “‘Afei sɛ Israel asafo no ani nna wɔn ho so na wɔfom kɔyɛ nea Yehowa aka sɛ mma wɔnnyɛ no bi, na ɛma wɔn nyinaa di fɔ,+ 14 na sɛ wobehu sɛ wɔayɛ bɔne a, ma asafo no mfa nantwinini kumaa baako mmra ahyiae ntamadan no ano mmɛbɔ bɔne ho afɔre. 15 Ma mpanyimfo a wɔwɔ bagua no mu mfa wɔn nsa ngu nantwi no apampam wɔ Yehowa anim mma wonkum nantwi no wɔ Yehowa anim.

16 “‘Afei ɔsɔfo a wɔasra no no mfa nantwi no mogya no bi mmra ahyiae ntamadan no mu. 17 Ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu wɔ kronkronbea no ntwamutam+ no anim, na ɔmpete mogya no bi mpɛn ason wɔ Yehowa anim. 18 Ma ɔmfa mogya no bi nsosɔ afɔremuka+ a ɛwɔ Yehowa anim no mmɛn no ho wɔ ahyiae ntamadan no mu. Afei onhwie nantwi no mogya a aka nyinaa ngu afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no ase. Saa afɔremuka yi na esi ahyiae ntamadan no kwan ano no.+ 19 Ma onyi ne srade nyinaa na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so.+ 20 Ɔnyɛ no sɛnea ɔyɛɛ nantwinini baako a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no. Saa na ɔbɛyɛ no ama ɔsɔfo no de apata ama wɔn,+ na wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. 21 Ma ɔmfa nantwi no nkɔ asoɛe no akyi nkɔhyew no sɛnea ɔhyew nantwi a odi kan no.+ Ɛyɛ asafo no bɔne ho afɔre.+

22 “‘Sɛ mpanyimfo+ no bi ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a ne Nyankopɔn Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi ma odi fɔ, 23 anaa sɛ obehu sɛ wato mmara a, ɛnde ɔmfa ɔpapo kumaa a ɔte apɔw mmɛbɔ afɔre. 24 Ma ɔmfa ne nsa nto ɔpapo no apampam na onkum no wɔ faako a wokum mmoa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no wɔ Yehowa anim no.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔre. 25 Ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no mmɛn ho.+ Afei onhwie mogya a aka no ngu afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no ase.+ 26 Ma ɔnhyew ne srade no nyinaa wɔ afɔremuka no so sɛnea ɔyɛ aboa a wɔde no bɔ asomdwoe afɔre no srade no.+ Ɔsɔfo no mfa mpata mma ne bɔne, na wɔde bɛkyɛ no.

27 “‘Sɛ obi* wɔ asaase no so na n’ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi na odi fɔ,+ 28 anaa sɛ obehu sɛ wayɛ bɔne a, ɛnde ɔmfa apɔnkyebere kumaa a ɔte apɔw mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre. 29 Ma ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔre no apampam na wonkum no wɔ faako a wokum mmoa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no.+ 30 Ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmfa nsosɔ afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no mmɛn ho. Afei onhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔremuka no ase.+ 31 Ma onyi ne srade no nyinaa+ sɛnea oyii aboa a ɔde bɔɔ asomdwoe afɔre no srade no.+ Afei ma ɔsɔfo no mfa mmɔ ɔhyew afɔre huamhuam* wɔ afɔremuka no so mma Yehowa, na ɔsɔfo no mfa mpata mma no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

32 “‘Sɛ aboa a ɔde rebɛbɔ afɔre no yɛ oguan ba a, ma ɔmfa ɔbere kumaa a ɔte apɔw mmra. 33 Ma ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔre no apampam, na onkum no mfa mmɔ bɔne ho afɔre wɔ faako a wokum mmoa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no.+ 34 Ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no mmɛn ho.+ Afei onhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔremuka no ase. 35 Onyi ne srade nyinaa sɛnea wɔde odwennini kumaa rebɔ asomdwoe afɔre a woyi ne srade no, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so wɔ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no so.+ Ma ɔsɔfo no mfa mpata mma ne bɔne, na wɔde bɛkyɛ no.+

5 “‘Sɛ obi* yɛ bɔne bi ho dansefo anaasɛ onim ho biribi, na sɛ wɔrepɛ nkurɔfo abedi asɛm no ho adanse,*+ nanso wammɛka ho hwee a, wayɛ bɔne na obenya ne bɔne so akatua.

2 “‘Anaa sɛ obi* ho ka biribi a ɛho ntew, te sɛ wuram aboa a ne ho ntew funu, afieboa a ne ho ntew funu, mmoa nketenkete* no biara a ne ho ntew funu,+ na sɛ onnim mpo a, ne ho agu fĩ na odi fɔ. 3 Anaa sɛ obi ani nna ne ho so na ne ho kɔka obi a ne ho agu fĩ+ anaa biribiara a ebetumi ama onipa ho agu fĩ, na sɛ akyiri yi obehu a, odi fɔ.

4 “‘Anaa sɛ obi* pere ne ho ka ntam sɛ ɔbɛyɛ biribi a, nea ɔkae sɛ ɔbɛyɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛ na onnim na akyiri yi obehu sɛ wapere ne ho aka ntam a, odi fɔ.*+

5 “‘Ɛba sɛ odi fɔ wɔ asɛm yi biara mu a, ma ɔnka ne bɔne.+ 6 Afei nso, bɔne a wayɛ nti, ɔmfa oguan ba a ɔyɛ ɔbere anaa apɔnkyebere kumaa mmra Yehowa anim, na ɔsɔfo no mfa mmɔ afodi afɔre+ mpata mma ne bɔne.

7 “‘Na sɛ ne nsa nso oguan so a, bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien+ mmɛbɔ afodi afɔre wɔ Yehowa anim. Ɔmfa baako mmɔ bɔne ho afɔre, na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyew afɔre.+ 8 Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no nni kan mfa nea ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no mmra na ɔntew ne mene, nanso mma ɔnntew ne ti mmfi so. 9 Ma ɔmfa aboa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no mogya no bi mpete afɔremuka no ho, na ɔnsɔn mogya a aka no ngu afɔremuka no ase.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔre. 10 Ɔsɔfo no de baako a aka no bɛbɔ ɔhyew afɔre sɛnea daa wɔbɔ no,+ na ɔde apata ama ne bɔne, na wɔde bɛkyɛ no.+

11 “‘Nanso sɛ ɔrennya mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien a, ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu baako*+ mmra mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre. Mma ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ɛhyɛ* nnka ho; ɛyɛ bɔne ho afɔre. 12 Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no nsaw ne nsa ma nhyew wɔ afɔremuka no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔre no nyinaa.* Ɔnhyew wɔ afɔremuka no so wɔ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no so. Ɛyɛ bɔne ho afɔre. 13 Ma ɔsɔfo no mpata mma no wɔ bɔne yi mu biara a wayɛ ho, na wɔde bɛkyɛ no.+ Nea ɛbɛka biara yɛ ɔsɔfo no dea+ te sɛ aduan afɔre no.’”+

14 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 15 “Sɛ obi* fom yɛ* bɔne tia Yehowa nneɛma a ɛyɛ kronkron+ no bere a n’ani nna ne ho so a, ma ɔmfa odwennini a ɔte apɔw mmɛbɔ afodi afɔre mma Yehowa.+ Ɛsɛ sɛ aboa no bo yɛ nnwetɛbona* a wɔatwa ato hɔ sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.*+ 16 Obetua bɔne a wayɛ atia kronkronbea no ho mpata, na ɔde nkyem anum mu baako bɛka ho abrɛ ɔsɔfo no.+ Na ɔsɔfo no de odwennini a ɔde bɛbɔ afodi afɔre no bɛpata ama no,+ na wɔde bɛkyɛ no.+

17 “Sɛ obi* fom kɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi a, sɛ onnim mpo a, obedi fɔ, na obenya ne bɔne so akatua.+ 18 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a ɔte apɔw a ne bo ne ɛbo a wɔatwa ato hɔ no brɛ ɔsɔfo no na ɔde bɔ afodi afɔre.+ Ɔsɔfo no de bɛpata ama bɔne a onnim sɛ wayɛ bere a na n’ani nna ne ho so no, na wɔde bɛkyɛ no. 19 Ɛyɛ afodi afɔre. Wafom Yehowa, enti odi fɔ.”

6 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Sɛ obi de biribi ma ne yɔnko sɛ ɔnhwɛ so anaasɛ ne biribi bedi ne nsam na wanni mu nokware,+ anaa ɔbɔ ne yɔnko korɔn anaasɛ ɔfa ɔkwan bi so sisi no a, saa onipa* no ayɛ bɔne na wanni Yehowa nokware.+ 3 Anaa sɛ ohu biribi a ayera na wanka mu nokware anaa ɔyɛ nneɛma yi bi na ɔka atoro ntam wɔ ho a, wayɛ bɔne,+ na nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni: 4 Sɛ ampa wayɛ bɔne na odi fɔ a, nea owiae anaa ɔnam nsisi so nyae anaa nea wɔde maa no sɛ ɔnhwɛ so a ɔfae anaa nea ayera a ohui no, ɛsɛ sɛ ɔsan de kɔ. 5 Biribiara a abedi ne hɔ a ɔkaa atoro ntam wɔ ho no, ɔmfa nkɔ anaa ontua ho ka.+ Afei ɛda a ne bɔne bɛda adi no, wommu nea ɔfae no ho ka, na wɔnkyɛ mu anum mma ontua mu baako nka ho mma ne wura. 6 Ma ɔmfa odwennini a ɔte apɔw a ne bo ne ɛbo a wɔatwa ato hɔ no yɛ pɛ mmrɛ Yehowa, na ɔsɔfo no mfa mmɔ afodi afɔre.+ 7 Afei ɔsɔfo no mpata mma no wɔ Yehowa anim, na bɔne biara a wayɛ a ama wadi fɔ no, wɔde bɛkyɛ no.”+

8 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 9 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Ɔhyew afɔre no ho mmara ni:+ Momma aboa a mode bɛbɔ ɔhyew afɔre no nna afɔremuka no gya so anadwo mu nyinaa nkosi anɔpa, na wɔnhwɛ sɛ afɔremuka no gya rennum. 10 Ma ɔsɔfo no nhyɛ n’ataade a wɔde nwera apam no,+ na ɔnhyɛ nwera nika*+ nkata ne ho. Afei nea wɔde bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so no, onyi ɛho nsõ*+ no ngu afɔremuka no nkyɛn. 11 Ɛno akyi no, onyi n’ataade no+ ngu hɔ na ɔnhyɛ ataade foforo, na ɔnsesaw nsõ no nkɔ baabi a ɛhɔ tew wɔ asoɛe no akyi.+ 12 Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ ogya wɔ afɔremuka no so daa, na ɛnsɛ sɛ edum. Ma ɔsɔfo no mfa anyina+ ngu so nhyew no anɔpa biara na ɔmfa aboa a wɔde no bɛbɔ ɔhyew afɔre no nto so, na ɔmma asomdwoe afɔrebɔde no srade nhyew wɔ so.+ 13 Ɛnsɛ sɛ afɔremuka no so gya dum; ɛsɛ sɛ mohwɛ hu sɛ ogya wɔ so daa.

14 “‘Aduan afɔre no ho mmara ni:+ Aaron mma na ɛsɛ sɛ wɔde ba Yehowa anim wɔ afɔremuka no anim. 15 Wɔn mu baako nsaw esiam muhumuhu a wɔde bɛbɔ aduan afɔre no ne ngo no ne ɛhyɛ* a ɛka ho no nsa ma, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre huamhuam* mma Yehowa, na ɛno nnyina hɔ mma afɔre no nyinaa.*+ 16 Aaron ne ne mma nni nea ɛbɛka no.+ Wonni no sɛ paanoo a mmɔkaw* nnim wɔ beae a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiae ntamadan no adiwo.+ 17 Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a mmɔkaw wom ka ho tõ.+ Aduan afɔre a wɔde ogya hyew ma me no na mede bi ama wɔn sɛ wɔn kyɛfa.+ Ɛyɛ ade kronkron paa+ te sɛ bɔne ho afɔre ne afodi afɔre no. 18 Aaron mma mmarima no nyinaa bedi bi.+ Ɛyɛ wɔn kyɛfa a wobenya afi afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no mu, na ɛbɛyɛ wɔn kyɛfa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu.+ Biribiara a ɛbɛka no* no bɛyɛ kronkron.’”

19 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 20 “Da a wɔbɛsra+ Aaron ngo no, afɔre a ɔne ne mma bɛbɔ ama Yehowa ni: Wɔmfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu baako*+ mmɔ aduan afɔre+ mma me bere nyinaa. Sɛ wɔde fã bɔ afɔre anɔpa a, na wɔde fã abɔ afɔre anwummere. 21 Wɔmfa ngo mfɔtɔw no yiye na wɔntõ wɔ apampaa so.+ Afei wɔmfa aduan a wɔatõ na wɔabubu mu asinasin no mmra Yehowa anim sɛ aduan afɔre huamhuam.* 22 Ne mma no mu nea wɔbɛsra no ahyɛ no sɔfo asi n’anan+ no na ɔbɛbɔ afɔre no. Eyi ne ahyɛde a wobedi so daa: Ma wɔnhyew afɔrebɔde no nyinaa mma Yehowa. 23 Aduan afɔre biara a wɔbɛbɔ ama ɔsɔfo bi no, ɛsɛ sɛ wɔhyew ne nyinaa. Obiara nnni bi.”

24 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 25 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Bɔne ho afɔre no ho mmara ni:+ Faako a wokum aboa a wɔde no bɔ ɔhyew afɔre no,+ ɛhɔ ara nso na wobekum aboa a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre no wɔ Yehowa anim. Ɛyɛ ade kronkron paa. 26 Ɔsɔfo a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no bɛwe bi.+ Na ɔbɛwe wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiae ntamadan no adiwo.+

27 “‘Biribiara a ɛbɛka nam no bɛyɛ kronkron, na sɛ obi de mogya no bi pete n’ataade mu a, ma ɔnhoro nea mogya aka mu no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. 28 Sɛ wɔnoae wɔ kuku mu a, wɔmmɔ kuku no. Nanso sɛ wɔnoae wɔ kɔbere sɛn mu a, wontwitwiw mu mfa nsu nhohoro mu.

29 “‘Mmarima a wɔyɛ asɔfo nyinaa bɛwe bi.+ Ɛyɛ ade kronkron paa.+ 30 Nanso bɔne ho afɔre biara a wɔde ɛho mogya no bi bɛkɔ ahyiae ntamadan no kronkronbea+ hɔ akɔpata ama bɔne no, ɛnsɛ sɛ obiara we bi. Wɔmfa ogya nhyew ne nyinaa.

7 “‘Afodi afɔre no ho mmara ni:+ Ɛyɛ ade kronkron paa. 2 Baabi a wokum aboa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no, ɛhɔ ara na wobekum aboa a wɔde no bɛbɔ afodi afɔre no, na wɔde ne mogya+ bɛpete afɔremuka no so ahyia.+ 3 Ma ɔsɔfo no* nyi ne srade nyinaa,+ ne dua a adɔ srade no, ne ne nsono ho srade, 4 ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn n’asen no. Onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho.+ 5 Ma ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+ Ɛyɛ afodi afɔre. 6 Mmarima a wɔyɛ asɔfo no nyinaa tumi we bi.+ Ɛsɛ sɛ wɔwe wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛyɛ ade kronkron paa.+ 7 Afodi afɔre no, ɛho mmara te sɛ bɔne ho afɔre de no. Ɛyɛ ɔsɔfo a ɔbɛbɔ afɔre de apata bɔne no dea.+

8 “‘Sɛ obi de aboa brɛ ɔsɔfo no sɛ ɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre a, aboa no nhoma+ bɛyɛ ɔsɔfo no dea.

9 “‘Aduan biara a wɔbɛtõ wɔ fononoo mu anaa wɔbɛkyew wɔ ɔsɛn mu anaa wɔbɛtõ wɔ apampaa so+ de abɔ afɔre no, ɛbɛyɛ ɔsɔfo a ɔbɔɔ afɔre no kyɛfa; ɛyɛ ne dea.+ 10 Nanso sɛ wɔde esiam a wɔde ngo afra+ anaa nea hwee mfra mu+ ba sɛ wɔmfa mmɔ aduan afɔre a, ɛbɛyɛ Aaron mma no dea; wɔbɛkyɛ no pɛ.

11 “‘Afei sɛ obi de biribi rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa a, ɛho mmara ni:+ 12 Sɛ ɔde rebɛda ase a,+ ɔmfa ngo mfɔtɔw esiam nyɛ paanoo a mmɔkaw* nnim a ɛte sɛ kawa, na ɔnyɛ paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim mfa ngo nsra ho. Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu mfɔtɔw no yiye mfa nyɛ paanoo a ɛte sɛ kawa. Ɔmfa eyinom nka n’aseda afɔre no ho. 13 Ɔmfa paanoo a mmɔkaw wom a ɛte sɛ kawa nka n’afɔrebɔde no ne nea ɔde rebɛbɔ asomdwoe afɔre no ho mmra sɛ aseda afɔre. 14 Ɔde emu biara bi bɛma Yehowa sɛ afɔrebɔde kronkron. Ɛbɛyɛ ɔsɔfo a ɔde asomdwoe afɔrebɔde no mogya bɛpete afɔremuka no so no dea.+ 15 Ɛda a ɔbɛbɔ asomdwoe afɔre a wɔde yɛ aseda afɔre no, saa da no ara na ɛsɛ sɛ ɔwe ɛho nam no. Ɛnsɛ sɛ ogyaw bi ma ade kye so.+

16 “‘Sɛ bɔhyɛ afɔre+ anaa ayamye afɔre+ na ɔde aboa no rebɛbɔ a, ma ɔnwe no da a ɔde no bɛbɔ afɔre no, na sɛ ebi ka ma ade kye so a, ɛno nso obetumi awe. 17 Nanso sɛ edi nnansa na nam no bi da so wɔ hɔ a, wɔmfa ogya nhyew.+ 18 Sɛ ɛba sɛ aboa a wɔde bɔɔ asomdwoe afɔre no nam no bi ka ma edi nnansa na obi we a, nea ɔde bae no rennya nhyira biara; wabrɛ agu. Ɛyɛ atantanne, na obiara* a ɔbɛwe bi no benya ne bɔne so akatua.+ 19 Sɛ nam ka biribi a ɛho ntew a, ɛnsɛ sɛ obiara we. Wɔmfa ogya nhyew. Ɛnam a ɛho tew de, obiara a ne ho tew betumi awe bi.

20 “‘Aboa a wɔde bɔ asomdwoe afɔre ma Yehowa no, sɛ obi* a ne ho agu fĩ we ne nam no bi a, wonkum saa onipa no.*+ 21 Sɛ obi* ho ka biribi a ɛho ntew, te sɛ onipa a ne ho ntew,+ aboa a ne ho ntew,+ anaa biribiara a ɛho ntew a ɛyɛ akyiwade,+ na sɛ ɔwe aboa a wɔde rebɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa no nam no bi a, wonkum saa onipa no.’”*

22 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Munnni nantwi anaa oguan ba anaa apɔnkye srade+ biara. 24 Sɛ mokɔto sɛ aboa bi awu anaasɛ aboa foforo akum no a, mubetumi de ne srade ayɛ biribiara a mopɛ, nanso monhwɛ na moanni bi da.+ 25 Sɛ obi de aboa reba ama wɔde ogya ahyew abɔ afɔre ama Yehowa, na sɛ odi ne srade a, wonkum saa onipa no.*

26 “‘Baabiara a mobɛtena no, munnni mogya+ biara. Munnni anomaa anaa aboa foforo biara mogya. 27 Obiara* a obedi mogya no, wonkum saa onipa no.’”*+

28 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 29 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Obiara a ɔbɛbɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa no, ɔmfa n’asomdwoe afɔrebɔde no bi mma Yehowa.+ 30 Ma ɔno ankasa mfa srade+ no nka aboa no koko ho mmɛbɔ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa. Ɔmfa nka aboa no koko ho na onhim no sɛ ohim afɔre+ wɔ Yehowa anim. 31 Ma ɔsɔfo no nhyew srade no wɔ afɔremuka no so.+ Aboa no koko no de, ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea.+

32 “‘Momfa aboa a mode bɛbɔ asomdwoe afɔre no nan nifa a ɛwɔ akyi no mma ɔsɔfo no sɛ afɔrebɔde kronkron.+ 33 Aaron mma no mu nea ɔde asomdwoe afɔrebɔde no mogya ne ne srade bɛbɔ afɔre no, ɔno na aboa no nan nifa no bɛyɛ ne kyɛfa.+ 34 Sɛ Israelfo no bɔ asomdwoe afɔre a, megye aboa no koko a wohim no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔde kronkron no ama ɔsɔfo Aaron ne ne mma. Ɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama Israelfo.+

35 “‘Ɛda a wɔde Aaron ne ne mma bae sɛ wɔmmɛyɛ Yehowa asɔfo no,+ eyi na woyi fii afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no mu sɛ ɛnyɛ wɔn kyɛfa. 36 Ɛda a woyii wɔn fii Israelfo mu sraa wɔn ngo+ no, eyi na Yehowa hyɛɛ mmara sɛ wɔmfa mma wɔn sɛ wɔn kyɛfa. Ɛyɛ ahyɛde a wobedi so daa wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.’”

37 Eyi ne afɔre a edidi so yi ho mmara: ɔhyew afɔre,+ aduan afɔre,+ bɔne ho afɔre,+ afodi afɔre,+ afɔre a wɔbɔ de hyɛ obi sɔfo,+ ne asomdwoe afɔre.+ 38 Eyi ne ahyɛde a Yehowa de maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so,+ ɛda a ɔkae sɛ Israelfo mfa wɔn afɔrebɔde mmrɛ Yehowa wɔ Sinai sare so no.+

8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Fa Aaron ne ne mma+ no bra, na fa ntaade no,+ ɔsrango,+ nantwinini a mode bɛbɔ bɔne ho afɔre, adwennini abien no, ne paanoo a mmɔkaw* nnim+ a egu kɛntɛn mu bra, 3 na ma asafo no nyinaa mmehyia wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano.”

4 Mose yɛɛ nea Yehowa kae sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ, na asafo no behyiaam wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano. 5 Afei Mose ka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Eyi ne nea Yehowa aka sɛ yɛnyɛ.” 6 Enti Mose de Aaron ne ne mma bae, na ɔde nsu guaree wɔn.+ 7 Ɛno akyi no, ɔde ataade tenten no+ hyɛɛ no, na ɔde nea ɔde bɛbɔ ne mu+ no bɔɔ so, na ɔde nsasin+ no nso hyɛɛ no. Afei ɔde efɔd*+ no hyɛɛ no de abɔso*+ a wɔanwene no soo mu. 8 Na ɔde nkatabo no+ nso hyɛɛ no, na ɔde Urim ne Tumim*+ no hyɛɛ nkatabo no mu. 9 Ɛnna ɔde abotiri no+ bɔɔ ne ti, na ɔde ade tratraa hyɛnn a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a ɛno ne ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron*+ no bɔɔ abotiri no anim. Sɛnea Yehowa kae no, saa ara na Mose yɛe.

10 Ɛnna Mose faa ɔsrango no, na ɔsraa ɔsom ntamadan no ne biribiara a ɛwom+ de dwiraa ho. 11 Ɛno akyi no, ɔde bi petee afɔremuka no so mpɛn ason, na ɔsraa afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ɔsɛn no ne ne nnyinaso de tew ho. 12 Owiei no, ohwiee ɔsrango no bi guu Aaron apampam, na ɔsraa no dwiraa ne ho.+

13 Ɛnna Mose de Aaron mma no nso bae, na ɔde ntaade tenten no hyɛɛ wɔn de nea wɔde bɛbɔ wɔn mu no bɔɔ so. Na ɔde abotiri no bobɔɔ* wɔn ti,+ sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

14 Afei ɔde nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu nantwi no apampam.+ 15 Mose kum aboa no na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya+ no mu de sosɔɔ afɔremuka no mmɛn no biara ho de dwiraa afɔremuka no ho.* Afei ohwiee mogya a aka no guu afɔremuka no ase de dwiraa ho na wɔatumi abɔ afɔre wɔ so de apata bɔne. 16 Ɛno akyi no, Mose yii srade a ɛwɔ aboa no nsono ne ne mmerɛbo ho no nyinaa ne asaabo abien no ne ɛho srade, na ɔhyewee wɔ afɔremuka no so.+ 17 Afei nea aka wɔ nantwi no ho nyinaa, ne nhoma, ne nam, ne ne bin no, ɔde ogya hyewee wɔ asoɛe no akyi+ sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

18 Ɛno akyi no, ɔde odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre no nso bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 19 Afei Mose kum aboa no de ne mogya petee afɔremuka no so hyiae. 20 Mose twitwaa odwennini no mu asinasin, na ɔde ne ti, ne nam asinasin no, ne ne srade* no nyinaa guu gya no mu. 21 Mose de nsu hohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyew odwennini no nyinaa wɔ afɔremuka no so. Ná ɛyɛ ɔhyew afɔre huamhuam,* afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

22 Afei ɔde oguan a ɔto so abien no, odwennini a wɔde bɛbɔ afɔre de ahyɛ wɔn sɔfo no bae,+ na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 23 Mose kum aboa no de ne mogya no bi yɛɛ Aaron aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ho. 24 Afei Mose de Aaron mma no nso bae na ɔde mogya no bi yɛɛ wɔn aso nifa ne wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn nan nifa kokurobeti ho. Na Mose de mogya a aka no petee afɔremuka no so hyiae.+

25 Ɛnna oyii ne srade, ne dua a adɔ srade no, ne srade a ɛwɔ ne nsono ne ne mmerɛbo ho no nyinaa ne n’asaabo abien no ne ɛho srade ne ne nan nifa a ɛwɔ akyi no.+ 26 Oyii paanoo baako a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa,+ ne paanoo baako a mmɔkaw nnim a wɔde ngo afa ho a ɛte sɛ kawa,+ ne paanoo a mmɔkaw nnim tratraa baako fii kɛntɛn a ɛwɔ Yehowa anim no mu. Ɛnna ɔde guu aboa no srade no ne ne nan nifa a ɛwɔ akyi no so. 27 Afei ɔde ne nyinaa guu Aaron ne ne mma no nsam, na wohim no sɛ ohim afɔre wɔ Yehowa anim. 28 Akyiri yi Mose gye fii wɔn nsam hyewee wɔ afɔremuka no so kaa ɔhyew afɔre no ho. Ná ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔbɔ de hyɛɛ wɔn sɔfo, afɔre a wɔde ogya hyew maa Yehowa.

29 Mose faa aboa no koko him no sɛ ohim afɔre wɔ Yehowa anim.+ Eyi ne Mose kyɛfa a onya fii afɔre a ɔbɔ maa asɔfo* no mu, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+

30 Afei Mose faa ɔsrango+ ne mogya a ɛwɔ afɔremuka no so no bi de petee Aaron ne ne mma ho ne wɔn ntaade mu. Ɔyɛɛ saa de dwiraa Aaron ne ne ntaade ho ne ne mma+ a wɔka ne ho ne wɔn ntaade ho.+

31 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma sɛ: “Monnoa+ nam no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, na momfa nka paanoo a ɛwɔ kɛntɛn* mu no ho na munni wɔ hɔ. Nea wɔka kyerɛɛ me wɔ ho ne sɛ, ‘Aaron ne ne mma na wobedi.’+ 32 Ɛnam ne paanoo a ɛbɛka no, momfa ogya nhyew.+ 33 Montena mmɛn ahyiae ntamadan no kwan ano nnanson; mummfi hɔ kosi sɛ nna a wɔde bɛhyɛ mo asɔfo no bɛso, efisɛ nnanson na yɛde bɛhyɛ mo asɔfo.*+ 34 Nea ɛnnɛ yɛayɛ yi, Yehowa na waka sɛ yɛnyɛ mfa mpata mma mo.+ 35 Montena ahyiae ntamadan no kwan ano nnanson,+ awia ne anadwo, na monhwɛ nyɛ nea Yehowa aka akyerɛ mo no nyinaa,+ na moanwuwu; ɛno ne ahyɛde a wɔde ama me.”

36 Na Aaron ne ne mma yɛɛ nea Yehowa nam Mose so kae no nyinaa.

9 Ɛda a ɛto so awotwe no,+ Mose frɛɛ Aaron ne ne mma ne Israel mpanyimfo. 2 Ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Fa nantwi ba ne odwennini a wɔte apɔw bra Yehowa anim. Wode nantwi ba no bɛbɔ bɔne ho afɔre+ na wode odwennini no abɔ ɔhyew afɔre. 3 Na Israelfo no nso, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa ɔpapo mmɛbɔ bɔne ho afɔre, na momfa nantwi ba ne odwennini kumaa a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɛbɔ ɔhyew afɔre. 4 Afei momfa nantwinini ne odwennini mmɛbɔ asomdwoe afɔre+ wɔ Yehowa anim, na momfa ngo mfra esiam mmɛbɔ aduan afɔre,+ efisɛ Yehowa beyi ne ho adi akyerɛ mo nnɛ.’”+

5 Ɛnna wɔde nea Mose kae sɛ wɔmfa mmra no baa ahyiae ntamadan no ano. Afei asafo no nyinaa begyinaa Yehowa anim. 6 Mose kae sɛ: “Eyi na Yehowa aka sɛ monyɛ na ama Yehowa ayi n’anuonyam adi akyerɛ mo.”+ 7 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔ afɔremuka no ho kɔbɔ bɔne ho afɔre+ ne ɔhyew afɔre fa pata ma wo ho+ ne wo fifo. Afei fa ɔman no afɔrebɔde no+ bɔ afɔre pata ma wɔn+ sɛnea Yehowa de ahyɛde ama yɛn no.”

8 Ntɛm ara na Aaron kɔɔ afɔremuka no ho kokum nantwi ba a ɔde rebɛbɔ ne bɔne ho afɔre no.+ 9 Ɛnna Aaron mma no de mogya+ no brɛɛ no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu sosɔɔ afɔremuka no mmɛn ho, na ohwiee mogya a aka no guu afɔremuka no ase.+ 10 Oyii aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no srade ne n’asaabo ne ne mmerɛbo ho srade, na ɔhyewee wɔ afɔremuka no so, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+ 11 Na ɔde ogya hyew aboa no nam ne ne nhoma wɔ asoɛe no akyi.+

12 Afei okum aboa a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔde petee afɔremuka no so hyiae.+ 13 Wotwitwaa aboa no mu asinasin de ne ti kaa ho brɛɛ no, na ɔhyewee wɔ afɔremuka no so. 14 Afei ɔhohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyewee wɔ afɔremuka no so kaa ɔhyew afɔre no ho.

15 Ɛno akyi no, ɔde nea ɔman no de bae no nso bɔɔ afɔre. Okum ɔpapo a ɔman no de bae no de bɔɔ bɔne ho afɔre sɛnea ɔyɛɛ afɔre a edi kan no. 16 Afei ɔbɔɔ ɔhyew afɔre no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ no no.+

17 Ɔhyew afɔre a ɔbɔɔ no anɔpa+ akyi no, ɔde nea ɔde bɛbɔ aduan afɔre+ nso bae, na ɔsaw bi guu ne nsam de guu afɔremuka no so ma ɛhyewee.

18 Ɛno akyi no, okum nantwinini ne odwennini a ɔde rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama ɔman no. Afei Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔde petee afɔremuka no so hyiae.+ 19 Na nantwinini no srade+ ne odwennini no dua a adɔ srade no ne wɔn nsono ho srade, wɔn asaabo, ne wɔn mmerɛbo ho srade no de,+ 20 woyii srade yi nyinaa de kaa mmoa no koko ho, na ɔhyew srade no wɔ afɔremuka no so.+ 21 Mmoa no koko ne wɔn anan nifa a ɛwɔ akyi no de, Aaron himii sɛ ohim afɔre wɔ Yehowa anim, sɛnea Mose kae no.+

22 Ɛnna Aaron maa ne nsa so kyerɛɛ ɔman no so, na ohyiraa wɔn,+ na bere a owiee bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no, osii fam. 23 Ɛno akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ ahyiae ntamadan no mu, na wopue behyiraa ɔman no.+

Afei Yehowa maa nnipa no nyinaa huu n’anuonyam,+ 24 na ogya fi Yehowa hɔ+ bɛhyew ɔhyew afɔre no ne srade a ɛwɔ afɔremuka no so no. Bere a nnipa no nyinaa hui no, wɔteɛteɛɛm na wɔde wɔn anim butubutuw fam.+

10 Akyiri yi, Aaron mma Nadab ne Abihu+ de nkankyee a wɔde ogya gu mu bae, na wɔde ogya guu mu. Afei wɔde aduhuam+ guu so na wɔhyew biribi wɔ Yehowa anim a na ɔmmaa ho kwan.+ 2 Ɛnna ogya fi Yehowa hɔ bɛhyew wɔn,+ na wowuwui wɔ Yehowa anim.+ 3 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Wɔn a wɔbɛn me no, ɛsɛ sɛ wohu sɛ meyɛ kronkron,+ na wɔhyɛ me anuonyam wɔ ɔman no nyinaa anim.’” Na Aaron yɛɛ komm.

4 Enti Mose frɛɛ Aaron papa nua Usiel+ mma Misael ne Elisafan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛfa mo nuanom mfi kronkronbea no anim nkɔ asoɛe no akyi.” 5 Wɔbɛfaa wɔn kɔɔ asoɛe no akyi sɛnea Mose kae no. Saa bere no nyinaa na wɔn ntaade tenten no hyehyɛ wɔn.

6 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a wɔaka, Eleasar ne Itamar sɛ: “Monhwɛ na moannyaw mo ti nwi basaa anaa moannsunsuan mo ntaade mu+ anni awerɛhow, anyɛ saa a, mubewu, na Onyankopɔn bo befuw asafo no nyinaa. Wɔn a Yehowa de ogya akum wɔn yi, mo nuanom Israelfo nyinaa besu wɔn. 7 Montena mmɛn ahyiae ntamadan no kwan ano; mummfi hɔ nnkɔ baabiara na moanwu, efisɛ Yehowa srango wɔ mo so.”+ Enti wɔyɛɛ nea Mose kae no.

8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: 9 “Bere biara a wo ne wo mma bɛba ahyiae ntamadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsã foforo biara a ɛbow+ na moanwu. Eyi yɛ ahyɛde a mo ne mo nkyirimma* bedi so daa. 10 Ɛbɛma wɔahu nsonsonoe a ɛda ade kronkron ne nea ɛho agu fĩ ntam, ne nea ɛho tew ne nea ɛho ntew ntam.+ 11 Afei nso, ɛbɛma moatumi de ahyɛde a Yehowa nam Mose so de maa Israelfo no nyinaa akyerɛkyerɛ wɔn.”+

12 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a wɔaka, Eleasar ne Itamar sɛ: “Aduan afɔre a wɔde ogya hyew maa Yehowa no, momfa nea aka no ntõ paanoo a mmɔkaw* nnim, na munni wɔ afɔremuka no ho,+ efisɛ ɛyɛ ade kronkron paa.+ 13 Munni wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ efisɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a efi afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no mu. Ɛno ne ahyɛde a me nsa kae. 14 Wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmea a wɔka wo ho+ no bɛwe aboa no koko a wohim de bɔɔ afɔre no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔde kronkron+ no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a efi Israelfo asomdwoe afɔre mu. 15 Na ma wɔmfa aboa no nan a ɛyɛ afɔrebɔde kronkron no ne ne koko a wobehim de abɔ afɔre no ne aboa no srade a wɔde ogya bɛhyew no mmra, na wonhim wɔ Yehowa anim. Aboa no nan ne ne koko no bɛyɛ wo ne wo mma a wɔka wo ho no kyɛfa daa,+ sɛnea Yehowa aka no.”

16 Mose hwehwɛɛ baabiara sɛ obehu apɔnkye a wɔde bɛbɔɔ bɔne ho afɔre+ no nam, nanso ohui sɛ wɔahyew ne nyinaa. Enti ne bo fuw Aaron mma a wɔaka, Eleasar ne Itamar, na ɔkae sɛ: 17 “Adɛn nti na moanwe aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no nam wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron no?+ Munnim sɛ ɛyɛ ade kronkron paa a ɔde ama mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye asafo no bɔne na moapata ama wɔn wɔ Yehowa anim? 18 Hwɛ! Wɔamfa aboa no mogya ankɔ kronkronbea hɔ,+ enti anka ɛsɛ sɛ mowe ne nam wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, sɛnea wɔka kyerɛɛ me no.” 19 Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ɛnnɛ wɔde nea wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre aba Yehowa anim,+ nanso hwɛ asɛm a ato me. Sɛ mewee aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no nnɛ a, anka ɛbɛma Yehowa ani agye anaa?” 20 Bere a Mose tee eyi no, ne bo tɔɔ ne yam.

11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Monka nkyerɛ Israelfo sɛ, ‘Asaase so mmoa nyinaa, nea mubetumi awe ni:+ 3 Mubetumi awe aboa biara a ne nan mu apae abien na opuw wesaw.

4 “‘Mmoa a wopuw wesaw anaa wɔn nan mu apae abien a ɛnsɛ sɛ mowe ni: Monnwe yoma, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne nan mu mpaee abien. Ne ho ntew mma mo.+ 5 Afei nso, monnwe okukuban,+ efisɛ opuw wesaw de, nanso ne nan mu mpaee abien. Ne ho ntew mma mo. 6 Monnwe adanko nso, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne nan mu mpaee abien. Ne ho ntew mma mo. 7 Bio nso, monnwe prako,+ efisɛ ne nan mu apae abien de, nanso ompuw nwesaw. Ne ho ntew mma mo. 8 Monnwe wɔn nam, na munnso wɔn afunu mu nso. Wɔn ho ntew mma mo.+

9 “‘Nsu mu mmoa a mubetumi awe ni: Asubɔnten anaa ɛpo mu aboa biara a ntɛtɛw ne abona wɔ ne ho no, mubetumi awe.+ 10 Nanso ɛpo anaa asubɔnten mu mmoa nketenkete* biara anaa nsu mu mmoa* biara a wonni ntɛtɛw ne abona de, ɛyɛ mo akyiwade. 11 Ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo akyiwade koraa. Monnwe bi,+ na wɔn afunu nso, munkyi. 12 Biribiara a ɛwɔ nsu mu a enni ntɛtɛw ne abona yɛ mo akyiwade.

13 “‘Mmoa a wotu a ɛsɛ sɛ mukyi ni; monnwe wɔn nam, efisɛ wɔyɛ akyiwade: Ɔkɔre,+ ɔkɔrebia, opete tuntum,+ 14 ɔkompete, ɔkom ahorow nyinaa bi, 15 kwaakwaadabi ahorow nyinaa bi, 16 sohori, ɔpatu, asomfena, akorɔma ahorow nyinaa bi, 17 ɔpatu ketewa, ɛpo so anene, ɔpatu asotenten, 18 suborɔkokɔ, nsu so dabodabo, opete, 19 asukɔnkɔn, asunoma ahorow nyinaa bi, asuakwaa, ne ampan. 20 Mmoa nketenkete* a wotu na wɔwɔ nan anan nyinaa yɛ mo akyiwade.

21 “‘Mmoa nketenkete a wotu na wɔwɔ nan anan yi na mubetumi awe; wɔn a wɔwɔ nan a wotumi de huruhuruw. 22 Wɔn mu nea mubetumi awe ni: Ntutummɛ ahorow a wotumi tu ne ntutummɛ foforo a nnipa di, aketekre, ne mmebɛw.+ 23 Mmoa nketenkete foforo a wotu na wɔwɔ nan anan a aka nyinaa yɛ mo akyiwade. 24 Eyinom ne nneɛma a ebegu mo ho fĩ. Obiara a obeso wɔn afunu mu no, ne ho rentew kosi anwummere.+ 25 Na obiara a ɔbɛma wɔn afunu so no, ɛsɛ sɛ ɔhoro n’ataade;+ ne ho rentew kosi anwummere.

26 “‘Sɛ aboa bi nan mu apae abien nanso ɛmpae nsii, na sɛ ompuw nwesaw a, ɛyɛ mo akyiwade. Obiara a obeso ne mu no ho begu fĩ.+ 27 Mmoa a wɔwɔ nansoaa* a wɔnantew wɔn nan anan so no ho ntew mma mo. Obiara a obeso wɔn afunu mu no, ne ho rentew kosi anwummere. 28 Obiara a ɔbɛma wɔn afunu so no, ɛsɛ sɛ ɔhoro n’ataade,+ na ne ho rentew kosi anwummere,+ efisɛ wɔn ho ntew mma mo.

29 “‘Mmoa a wɔwea fam a wɔn ho ntew ni: Ahweaa, akura,+ nketew ahorow nyinaa bi, 30 ɔdannena, ɔmampam, bɔmɔte, anwea-ketew, ne ɔbosomaketew. 31 Saa mmoa a wɔwea fam yi ho ntew mma mo.+ Obiara a obeso wɔn afunu mu no, ne ho rentew kosi anwummere.+

32 “‘Biribiara a wɔn mu biara bewu atɔ so no ho rentew, sɛ ɛyɛ nea wɔde dua asen oo, ataade oo, aboa nhoma oo, awerɛhow ntama* oo, ɛho rentew. Ade biara a wɔde yɛ adwuma a wɔn funu bɛka no, ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ nsu mu, na ɛho rentew kosi anwummere; anwummere na ɛho bɛtew. 33 Sɛ wɔn mu bi funu tɔ kuku mu a, ɛsɛ sɛ mobɔ kuku no, na biribiara a ɛwɔ mu no nso ho rentew.+ 34 Nsu a ɛwɔ saa kuku no mu no, sɛ ɛka aduan biara a, ɛho rentew, na biribiara a wɔnom a ɛwɔ saa kuku no mu nso ho rentew. 35 Biribiara a wɔn funu bɛtɔ so no ho rentew. Sɛ ɛyɛ fononoo oo, ɛyɛ nea wɔde kuku si so oo, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no. Ɛho agu fĩ, na ɛho rentew mma mo. 36 Sɛ wɔtɔ nsuti anaa abura a nsu wom mu de a, ɛho bɛkɔ so atew, nanso nea obeso wɔn funu mu no ho begu fĩ. 37 Sɛ wɔn funu tɔ aba bi a wɔrebedua so a, ɛho tew. 38 Nanso sɛ wɔde nsu gu aba no so na aboa a wawu no fã bi tɔ so a, ɛho rentew mma mo.

39 “‘Sɛ mmoa a mutumi we no bi wu a, obiara a obeso ne funu mu no, ne ho rentew kosi anwummere.+ 40 Obiara a ɔbɛwe aboa a wawu no fã biara no, ɛsɛ sɛ ɔhoro n’ataade, na ne ho rentew kosi anwummere.+ Na obiara a ɔbɛma ne funu so no, ɛsɛ sɛ ɔhoro n’ataade, na ne ho rentew kosi anwummere. 41 Mmoa nketenkete a wɔn ho ntew nyinaa yɛ akyiwade.+ Ɛnsɛ sɛ mowe. 42 Ɛnsɛ sɛ mowe aboa biara a ɔwea ne yafunu so, nea ɔwɔ nansoaa a ɔnantew ne nan anan so, anaa aboa biara a ɔwɔ nan bebree a ɔwea fam, efisɛ ɛyɛ akyiwade.+ 43 Mommfa mmoa a wɔwea fam yi nnsɛe mo ho,* na mommfa nngu mo ho fĩ, anyɛ saa a mo ho rentew.+ 44 Mene Yehowa mo Nyankopɔn;+ montew mo ho na monyɛ kronkron,+ efisɛ meyɛ kronkron.+ Enti mommfa mmoa a wɔwea fam nngu mo* ho fĩ. 45 Mene Yehowa a ɔredi mo anim afi Egypt asaase so de akyerɛ sɛ meyɛ mo Nyankopɔn no.+ Monyɛ kronkron,+ efisɛ meyɛ kronkron.+

46 “‘Eyi ne mmara a ɛfa mmoa nyinaa ho, mmoa a wotu, mmoa* a wɔwɔ nsu mu, ne mmoa* a wɔwea fam nyinaa. 47 Eyi bɛma nsonsonoe abɛda nea ɛho tew ne nea ɛho ntew ntam, ne aboa a mubetumi awe ne nea morentumi nwe ntam.’”+

12 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ ɔbea nyinsɛn* na ɔwo ɔbarima a, ne ho rentew nnanson, te sɛ bere a wayɛ bra a ne ho ntew no ara.+ 3 Ɛda a ɛto so awotwe no, ma wontwa abofra no twetia.*+ 4 Ma ɔntena fie nnafua 33 bio mfa ntew ne ho mfi ne mogya mu. Ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho ka ade biara a ɛyɛ kronkron, na ɔrentumi mma baabi a ɛhɔ yɛ kronkron kosi sɛ nna a ɔde bedwira ne ho no bɛso.

5 “‘Sɛ ɔwo ɔbea a, ne ho rentew nnafua 14 te sɛ bere a wayɛ bra a ne ho ntew no ara. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie nnafua 66 bio de tew ne ho fi ne mogya mu. 6 Sɛ ɔwo ɔbarima anaa ɔbea na sɛ nna a ɔde bedwira ne ho no ba awiei a, ɔde odwennini kumaa a wadi afe bɛbrɛ ɔsɔfo no ma ɔde abɔ ɔhyew afɔre+ ama no, na ɔde aborɔnoma ba anaa aburuburuw nso bɛba ama ɔde abɔ bɔne ho afɔre; ɔde eyinom nyinaa bɛbrɛ no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano. 7 Ɔsɔfo no de bɛba Yehowa anim na ɔde apata ama ɔbea no, na ne ho atew wɔ ne mogya mu. Eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbea a ɔbɛwo ɔbarima anaa ɔbea no. 8 Na sɛ ne nsa anso oguan so a, ɛnde ɔmfa mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien+ mmra, na wɔmfa baako mmɔ ɔhyew afɔre na wɔmfa baako nso mmɔ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mfa mpata mma no, sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtew.’”

13 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Sɛ biribi tɔ obi honam* ani na ɛhyɛ nsu anaa ɛhɔ twintwam anaa ɛsoa na edidi ne honam mu ma ɛbɛyɛ sɛ kwata*+ a, ɛsɛ sɛ wɔde no ba ɔsɔfo Aaron anaa ne mma a wɔyɛ asɔfo no mu baako anim.+ 3 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ yare a ayɛ ne honam ani no. Sɛ nwi a ɛwɔ baabi a ɛhɔ asoa no ayɛ fitaa na ɛte sɛ nea ade a ahon no no adidi kɔ ne honam mu a, ɛnde ɛyɛ kwata. Ɔsɔfo no nhwɛ na ɔnkyerɛ sɛ ne ho ntew. 4 Nanso sɛ baabi a asoa no yɛ fitaa na ennidi nkɔɔ ne honam mu na ɛhɔ nwi nyɛɛ fitaa a, ɔsɔfo no mfa onii no nkutoo nkosie baabi nnanson.+ 5 Ɛda a ɛto so ason no, ɔsɔfo no nhwɛ no, na sɛ ohu sɛ nea ayɛ no no, nea ɛte ara na ɛte, na sɛ ɛntrɛwee ne honam mu a, ɛnde ɔsɔfo no nsan mfa no nsie nnanson.

6 “Ɛda a ɛto so ason no, ɔsɔfo no nsan nhwɛ no, na sɛ nea atɔ ne ho no ahyew na ɛntrɛwee ne honam ani a, ɛnde ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho tew.+ Ɛyɛ ntwintwamee bi kɛkɛ. Ma onii no nhoro n’ataade na ne ho ntew. 7 Na sɛ ɔsɔfo no kyerɛ sɛ ne ho tew na akyiri yi ntwintwamee* no trɛw wɔ ne honam ani a, ɔnsan mmra ɔsɔfo no anim bio.* 8 Ma ɔsɔfo no nhwɛ, na sɛ atrɛw wɔ ne honam ani a, ɛnde ɔnkyerɛ sɛ ne ho ntew. Ɛyɛ kwata.+

9 “Sɛ kwata yɛ obi a, wɔmfa no mmra ɔsɔfo no anim. 10 Ɔsɔfo no nhwɛ,+ na sɛ ohu sɛ nsoa fitaa bi asi ne honam ani na ɛhɔ nwi ayɛ fitaa, na baabi a asoa no apae ayɛ kuru+ a, 11 ɛyɛ kwatanini na ayɛ ne honam ani; ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho ntew. Ɛnsɛ sɛ ɔde no kosie,+ efisɛ ne ho ntew. 12 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ kwata no apue afi were no mu na akata onii no honam nyinaa, efi ne tirim kosi ne nan ase, 13 na ɔsɔfo no hu sɛ kwata no akata ne honam nyinaa a, ɛsɛ sɛ obu onii no sɛ ne ho tew.* Ne nyinaa adan fitaa, enti ne ho tew. 14 Nanso sɛ ɛyɛ kuru a, ne ho rentew. 15 Sɛ ɔsɔfo no hu sɛ ayɛ kuru a, ɔnkyerɛ sɛ ne ho ntew.+ Ekuru no ho ntew. Ɛyɛ kwata.+ 16 Na sɛ kuru no wu na ɛhɔ san yɛ fitaa a, ɔnsan nkɔ ɔsɔfo no hɔ. 17 Ɔsɔfo no nhwɛ no,+ na sɛ baabi a ɛyɛɛ kuru no adan fitaa a, ɛnde na onii no ho tew, enti ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho tew.

18 “Sɛ pɔmpɔ bɔ obi na ɛkɔ, 19 na sɛ biribi fitaa bi besi pɔmpɔ no ananmu anaa ɛhɔ soa yɛ fitaa na anim dodow kakra a, ɔmfa ne ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo no. 20 Sɛ ɔsɔfo no hwɛ+ na ayɛ te sɛ nea adidi kɔ honam no mu, na ɛhɔ nwi ayɛ fitaa a, ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho ntew. Ɛyɛ kwata na apue afi pɔmpɔ no mu. 21 Nanso sɛ ɔsɔfo no hwɛ na wanhu nwi fitaa biara wɔ hɔ, na nea ahon no no nso nnidi nkɔɔ honam no mu na ahyew a, ɔsɔfo no mfa ɔno nkutoo nkosie baabi nnanson.+ 22 Na sɛ efi ase trɛw wɔ ne honam ani a, ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho ntew. Ɛyɛ yare. 23 Nanso sɛ nea atɔ ne ho no antrɛw a, ɛnde ɛyɛ baabi a na pɔmpɔ no wɔ ara na ɛhɔ asoa. Ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho tew.+

24 “Sɛ nso obi hyehye na kuru no anwu anwie na sɛ ɛhɔ soa ma anim dodow anaa ɛho nyinaa yɛ fitaa a, 25 ɔsɔfo no nhwɛ. Sɛ ɛba sɛ ɛhɔ nwi adan fitaa na ɛte sɛ nea nsoa no adidi kɔ ne honam mu a, ɛyɛ kwata na apue afi kuru no mu. Ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho ntew, efisɛ kwata ayɛ no. 26 Nanso sɛ ɔsɔfo no hwɛ na wanhu nwi fitaa biara wɔ baabi a nsoa no wɔ, na sɛ ennidi nkɔɔ honam no mu na ahyew a, ɛnde ɔsɔfo no mfa ɔno nkutoo nkosie baabi nnanson.+ 27 Ɛda a ɛto so ason no, ɔsɔfo no nhwɛ no. Sɛ ohu sɛ ampa ara atrɛw wɔ ne honam ani a, ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho ntew. Ɛyɛ kwata. 28 Nanso sɛ ɛhɔ te sɛ nea ɛte na ɛntrɛwee ɔhonam no mu na ahyew a, ɛkyerɛ sɛ ɛhɔ na asoa kɛkɛ. Ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho tew, efisɛ ɛhɔ na asoa.

29 “Sɛ biribi tɔ ɔbarima anaa ɔbea bi ti ho anaa n’abogye ho a, 30 ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ.+ Sɛ ɛte sɛ nea adidi kɔ ne honam mu na ɛhɔ nwi no adodow na bebree atutu a, ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho ntew. Ɛyɛ yare na ayɛ ne ti ase anaa n’abogye. Kwata na ayɛ ne ti ho anaa n’abogye. 31 Nanso sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ yare no nnidi nkɔɔ honam no mu na nwi tuntum biara nni hɔ a, ɛnde ɔsɔfo no mfa onii no nkutoo nkosie baabi nnanson.+ 32 Ɛda a ɛto so ason no, ɔsɔfo no nsan nhwɛ yare no, na sɛ nea atɔ ne ho no ntrɛwee, na sɛ nwi no nnodowee, na yare no nnidi nkɔɔ honam no mu a, 33 ɛnde onii no nyi ne ti anaa n’abogyesɛ, nanso ɛnsɛ sɛ oyi baabi a ade atɔ no. Ma ɔsɔfo no mfa onii no nkosie baabi nnanson bio.

34 “Afei da a ɛto so ason no, ɔsɔfo no nsan nhwɛ baabi a yare no wɔ no. Sɛ yare a aka ne ti ne n’abogye no ntrɛwee na sɛ ennidi nkɔɔ ne honam mu a, ɛnde ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho tew. Ɔnhoro n’ataade na ne ho ntew. 35 Nanso sɛ ɔsɔfo no ka sɛ ne ho tew na akyiri yi, yare no trɛw wɔ ne honam ani a, 36 ɔsɔfo no nsan nhwɛ. Na sɛ ohu sɛ yare no atrɛw wɔ ne honam ani a, ɛho nhia sɛ ɔhwɛ sɛ ɛhɔ nwi no adodow; nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ne ho ntew. 37 Nanso sɛ ɔhwɛ na ohu sɛ yare no ntrɛwee na nwi tuntum afuw wɔ hɔ a, ɛkyerɛ sɛ yare no kɔ. Ne ho tew, enti ɔsɔfo no nkyerɛ sɛ ne ho tew.+

38 “Sɛ nsoa mfitamfitaa bi bɛtotɔ ɔbarima anaa ɔbea bi honam* ani a, 39 ɔsɔfo no nhwɛ.+ Sɛ ohu sɛ nsoa mfitamfitaa a atotɔ ne honam ani no ahyew kakra a, ɛkyerɛ sɛ nea atotɔ ne honam ani no nyɛ hu. Ne ho tew.

40 “Sɛ ɔbarima bi ti so pa a, ne ho tew. 41 Sɛ ne ti so apa fi ne moma so akosi n’apampam a, ne ho tew. 42 Nanso sɛ biribi fitaa a adodow bɛtɔ n’apampam a apa no anaa ne moma so a, ɛyɛ kwata na apue wɔ n’apampam anaa ne moma so. 43 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ no, na sɛ ohu sɛ nsoa fitaa a adodow na abɛtɔ n’apampam anaa ne moma so te sɛ kwata a ɛwɔ ne honam ani a, 44 ɔyɛ kwatani. Ne ho ntew. Nea abɛtɔ n’apampam anaa ne moma so nti, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no kyerɛ sɛ ne ho ntew. 45 Ɛsɛ sɛ nea kwata wɔ ne ho no suan n’ataade mu na ogyaw ne ti nwi saa ara. Afei ma ɔnkata ne mfemfem so na ɔnteɛm sɛ, ‘Me ho ntew, me ho ntew!’ 46 Nna a yare no wɔ ne ho nyinaa, ne ho rentew. Esiane sɛ ne ho ntew nti, ɔbɛtew ne ho akɔtena baabi wɔ asoɛe no akyi.+

47 “Sɛ biribi a ayɛ sɛ kwata totɔ ataade a wɔde aboa nwi ayɛ anaa nea wɔde nwera ayɛ mu, 48 anaasɛ ɛtotɔ hama a wɔde nwene nwera anaa kuntu mu, anaasɛ ɛtotɔ aboa nhoma anaa biribi a wɔde nhoma ayɛ mu, 49 na sɛ biribi a ɛte sɛ akokɔsrade anaa biribi a ɛbere totɔ ataade, nhoma, hama, nwentama, anaa biribiara a wɔde nhoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata, na ɛsɛ sɛ wɔde kyerɛ ɔsɔfo no. 50 Ɔsɔfo no nhwɛ na ɔmfa ade a kwata wom no nsie nnanson.+ 51 Ɛda a ɛto so ason no, sɛ ohu sɛ kwata no atrɛw wɔ ataade, hama, nwentama, anaa nhoma mu (ɛmfa ho nea wɔde nhoma no yɛ) a, ɛyɛ kwata a etumi san, na ɛho ntew.+ 52 Ɛsɛ sɛ ɔhyew ataade, hama, nwentama anaa biribiara a wɔde nhoma ayɛ a kwata wom no, efisɛ ɛyɛ kwata a etumi san. Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hyew.

53 “Nanso sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ yare no ntrɛwee wɔ ataade, hama, nwentama, anaa biribiara a wɔde nhoma ayɛ no mu a, 54 ɔsɔfo no mma wɔnhoro ade a yare wom no na ɔnsan mfa nsie nnanson. 55 Sɛ wɔhoro no yiye na akyiri yi ɔsɔfo no hwɛ na sɛ mpo nea atotɔ mu no ntrɛwee nanso ɛnkɔe a, ɛho ntew. Ɛsɛ sɛ wohyew wɔ ogya mu, efisɛ yare no na awewe emu anaa akyi.

56 “Nanso sɛ wɔhoro no yiye na akyiri yi ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ nea atotɔ mu no rekɔ a, ɔntew ɛhɔ mfi ataade, nhoma, hama, anaa nwentama no mu. 57 Nanso sɛ ɔsan hu wɔ ataade, hama, nwentama, anaa biribiara a wɔde nhoma ayɛ no mu baabi foforo biara a, ɛkyerɛ sɛ ɛretrɛw, enti biribiara a wobehu yare no wom no, fa ogya hyew.+ 58 Na sɛ wɔhoro ataade, hama, nwentama, anaa biribiara a wɔde nhoma ayɛ no wie na wohu sɛ nea atotɔ mu no afi mu a, wɔnsan nhoro bio na ama ɛho atew.

59 “Eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ bere a kwata atotɔ ataade a wɔde aboa nwi ayɛ, nea wɔde nwera ayɛ, hama, nwentama, anaa biribiara a wɔde nhoma ayɛ mu no. Eyi na wɔde bɛkyerɛ sɛ ɛho tew anaa ɛho ntew.”

14 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Sɛ kwata yɛ obi a, ɛda a wɔde no bɛba ɔsɔfo anim+ ma wakyerɛ sɛ ne ho tew no, mmara a wɔde bɛyɛ adwuma ni. 3 Ɔsɔfo no nkɔ asoɛe no akyi nkɔhwɛ kwatani no. Sɛ ɔsɔfo no hu sɛ ne ho atew a, 4 ɔsɔfo no mma ɔmfa nnomaa a wɔn ho tew abien, sida dua, hama kɔkɔɔ, ne sommɛ* a wɔde bɛtew ne ho mmra.+ 5 Ɔsɔfo no mma wonkum anomaa baako wɔ kuku a asuten mu nsu wom ano. 6 Afei ɔmfa anomaa a ɔte ase no ne sida dua, hama kɔkɔɔ, ne sommɛ no nyinaa mmɔ anomaa a wokum no wɔ nsu no ani no mogya mu. 7 Ma ɔmfa mpete nea ɔrebɛtew ne ho afi ne kwata ho no ho mpɛn ason. Afei ɔnkyerɛ sɛ ne ho tew, na onnyaa anomaa a ɔte ase no mma ontu nkɔ wuram.+

8 “Ɛsɛ sɛ nea ɔretew ne ho no horo ne ntaade na oyi ne ho nwi nyinaa na ɔde nsu guare. Ɛno bɛma ne ho atew na afei watumi aba asoɛe no mu bio. Nanso ɛnsɛ sɛ ɔtena ne ntamadan mu kosi sɛ nnanson betwam. 9 Ɛda a ɛto so ason no, ma onyi ne ti ne n’abogyesɛ ne n’ani akyi nwi nyinaa. Sɛ oyi ne ho nwi nyinaa wie a, ɔbɛhoro ne ntaade na ɔde nsu aguare, na ama ne ho atew.

10 “Ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa adwennini nkumaa abien a wɔte apɔw ne oguammere kumaa baako a ɔte apɔw+ a wadi afe mmra, na ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu abiɛsa* a wɔde ngo afra ne ngo susukuruwa baako* mmɛbɔ aduan afɔre.+ 11 Ma ɔsɔfo a ɔbɛkyerɛ sɛ onipa no ho tew no mfa nea ɔretew ne ho no ne nneɛma a ɔde rebɛbɔ afɔre no nyinaa mmra Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano. 12 Afei ɔsɔfo no mfa odwennini kumaa baako a ɔde bɛbɔ afodi afɔre+ no ne ngo no mmra, na onhim wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔre.+ 13 Onkum odwennini kumaa no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron a wokum mmoa a wɔde bɔ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre no,+ efisɛ afodi afɔre yɛ ɔsɔfo no dea te sɛ bɔne ho afɔre no ara.+ Ɛyɛ ade kronkron paa.+

14 “Afei ɔsɔfo no mfa aboa a wɔde rebɛbɔ afodi afɔre no mogya no bi nyɛ nea ɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ho. 15 Ɔsɔfo no nhwie ngo+ no bi ngu n’ankasa nsa benkum mu. 16 Ma ɔsɔfo no mfa ne nsateaa nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmpete ngo no bi mpɛn ason wɔ Yehowa anim. 17 Ɔsɔfo no mfa ngo a aka wɔ ne nsam no bi nyɛ nea ɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ho. Ɔmfa nyɛ baabi a ɔde afodi afɔre no mogya yɛe no. 18 Afei ɔsɔfo no mfa ngo a aka wɔ ne nsam no ngu nea ɔretew ne ho no apampam, na ɔmpata mma no wɔ Yehowa anim.+

19 “Ɔsɔfo no mmɔ bɔne ho afɔre+ no mfa mpata mma nea ɔretew ne ho no, na ɛno akyi no onkum aboa a ɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre no. 20 Afei ɔsɔfo no mmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre+ no wɔ afɔremuka no so, na ɔsɔfo no mpata mma no+ na ne ho ntew.+

21 “Nanso sɛ ɔyɛ ohiani na ne nsa nso so a, ɛnde ɔmfa odwennini kumaa baako mmra sɛ afodi afɔre ne ohim afɔre, na wɔmfa mpata mma no. Afei ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu baako* a ɔde ngo afra mmɛbɔ aduan afɔre, ne ngo susukuruwa baako, 22 ne mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien, nea ne nsa bɛso so biara. Ɔde anomaa baako bɛbɔ bɔne ho afɔre na ɔde baako abɔ ɔhyew afɔre.+ 23 Ɛda a ɛto so awotwe no,+ ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano wɔ Yehowa anim.+ Ɛno na wɔde bedwira ne ho.

24 “Ma ɔsɔfo no mfa odwennini kumaa a ɔde bɛbɔ afodi afɔre+ no ne ngo no mmra, na onhim wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔre.+ 25 Afei onkum odwennini kumaa a ɔde rebɛbɔ afodi afɔre no, na ɔsɔfo no mfa mogya no bi nyɛ nea ɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ho.+ 26 Ma ɔsɔfo no nhwie ngo no bi ngu n’ankasa nsa benkum mu.+ 27 Na ɔmfa ne nsateaa nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmpete ngo no bi mpɛn ason wɔ Yehowa anim. 28 Ɔsɔfo no mfa ngo a aka wɔ ne nsam no bi nyɛ onipa no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ho. Ɔmfa nyɛ baabi a ɔde afodi afɔre no mogya yɛe no. 29 Afei ɔsɔfo no de ngo a aka wɔ ne nsam no begu nea ɔretew ne ho no apampam, na wapata ama no wɔ Yehowa anim.

30 “Afei sɛ mmuruburuw na ne nsa soo so oo, sɛ mmorɔnoma na ne nsa soo so oo, ɔmfa emu baako mmra.+ 31 Nea ne nsa bɛso so no, ɔmfa baako mmɔ bɔne ho afɔre na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyew afɔre+ nka aduan afɔre no ho, na ɔsɔfo no mpata mma nea ɔretew ne ho wɔ Yehowa anim no.+

32 “Sɛ obi ayare kwata na sɛ ɛba sɛ nneɛma a ɔde bedwira ne ho no, ne nsa nso so a, eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ ma no.”

33 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 34 “Sɛ mudu Kaanan asaase+ a mede rema mo sɛ mo agyapade+ no so na mema kwata ba ofi bi so wɔ mo asaase no so a,+ 35 momma ofiwura no mmɛbɔ ɔsɔfo no amanneɛ sɛ, ‘Biribi akeka me dan ho te sɛ kwata.’ 36 Ɔsɔfo no nka mma wonyi biribiara mfi ofi no mu ansa na wabɛhwɛ nea akeka ɔdan no ho no, anyɛ saa a obebu biribiara a ɛwɔ ofie hɔ sɛ ɛho ntew. Ɛno akyi no, ɔsɔfo no bɛba abɛhwɛ ofi no. 37 Ɔbɛhwɛ baabi a nneɛma akeka no, na sɛ ohu sɛ biribi a ɛte sɛ akokɔsrade a ani dum wɔ dan no ho na adidi kɔ dan no mu a, 38 ɔsɔfo no mfi fie hɔ nkɔ abɔnten na ɔnto ofi no mu nnanson.+

39 “Ɛda a ɛto so ason no, ɔsɔfo no nsan nkɔ fie hɔ nkɔhwɛ. Sɛ ade a akeka ɔdan no ho no atrɛw a, 40 ɔsɔfo no nka mma wonyiyi abo a nneɛma akeka ho no, na wɔnkɔtow ngu kurow no akyi baabi a ɛhɔ ntew. 41 Afei ɔnwerɛwerɛw ɔdan no mu nyinaa na wɔnkɔtow dɔte no ngu kurow no akyi baabi a ɛhɔ ntew. 42 Wowie a, wɔmfa abo foforo nhyɛ kan de no ananmu, na wɔnwɔw dɔte foforo mfa nsra ɔdan no ho.

43 “Sɛ woyiyi abo no werɛwerɛw ɔdan no ho de dɔte sra ho wie, na ade a ɛkekaa ɔdan no ho no san ba a, 44 ɔsɔfo no mmra mmɛhwɛ. Sɛ ade a akeka ɔdan no ho no atrɛw a, ɛyɛ kwata a etumi san+ na aba ofi no ho. Ofi no ho ntew. 45 Afei ɔmma wonnwiriw ofi no nyinaa ngu, na wɔnkɔtow ɛho abo ne nnua ne dɔte nyinaa ngu kurow no akyi baabi a ɛhɔ ntew.+ 46 Na sɛ wɔto ofi bi mu+ na sɛ obi kɔ mu a, ne ho rentew kosi anwummere;+ 47 obiara a ɔbɛda fie hɔ no, ma ɔnhoro ne ntaade, na obiara a obedidi fie hɔ nso, ma ɔnhoro ne ntaade.

48 “Nanso sɛ wɔsan de dɔte sra ɔdan no ho wie na ɔsɔfo no bɛhwɛ na ade a ɛkekaa dan no ho no ansan amma ofi no ho bio a, ɛnde ɔnkyerɛ sɛ ofi no ho tew, efisɛ nneɛma a ɛkekaa ɔdan no ho no kɔ. 49 Nea ɛbɛyɛ na wadwira ofi no ho* no, ɔnhwehwɛ nnomaa abien, sida dua, hama kɔkɔɔ, ne sommɛ.+ 50 Ma onkum anomaa baako wɔ kuku a asuten mu nsu wom ano. 51 Ɛno akyi no, ɔmfa sida dua no, sommɛ, hama kɔkɔɔ, ne anomaa a ɔte ase no, na ɔmfa ne nyinaa mmɔ anomaa a wokum no wɔ nsu no ani no mogya mu, na ɔmfa mpete ofi no ho mpɛn ason.+ 52 Afei ɔmfa anomaa no mogya, asuten mu nsu no, anomaa a ɔte ase no, sida dua, sommɛ, ne hama kɔkɔɔ no nnwira ofi no ho.* 53 Ɛno akyi no, onnyaa anomaa a ɔte ase no wɔ kurow no akyi ma ɔnkɔ wuram, na ɔmpata mma ofi no na ɛho ntew.

54 “Eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ bere a kwata ayɛ obi, bere a yare ayɛ ne ti ase anaa n’abogyesɛ,+ 55 bere a kwata ayɛ ataade mu+ anaa ɛwɔ ofi bi ho,+ 56 ne bere a biribi abɛtɔ obi honam ani na ahyɛ nsu anaa ɛhɔ atwintwam anaa asoa.+ 57 Eyi yɛ akwankyerɛ a ɛbɛma wɔahu ade a ɛho tew ne nea ɛho ntew.+ Eyi ne kwata ho mmara.”+

15 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Monka nkyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ nsu fi ɔbarima ho* sen a, n’ahosen no nti ne ho ntew.+ 3 N’ahosen no ama ne ho agu fĩ. Sɛ nea efi ne barima* mu no da so ba oo, sɛ ama ne barima ano kwan asiw oo, ne ho ntew.

4 “‘Sɛ nsu fi obi ho sen a, mpa biara a ɔbɛda so anaa biribiara a ɔbɛtena so no ho ntew. 5 Sɛ onipa foforo ho kɔka ne mpa a, ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntaade na ɔde nsu guare, nanso ne ho rentew kosi anwummere.+ 6 Sɛ nea nsu fi ne ho sen no tena biribi so a, obiara a ɔbɛtena so bi no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 7 Obiara a ne ho bɛka nea nsu fi ne ho sen no, ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 8 Sɛ nea nsu fi ne ho sen no tew ntasu gu obi a ne ho tew so a, ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 9 Sɛ nea nsu fi ne ho sen no tena aboa bi so a, ntama a ɔtenaa so wɔ aboa no so no, ɛno nso ho ntew. 10 Biribiara a ɔbɛtena so no, sɛ obi ho ka a, ne ho rentew kosi anwummere. Na obiara a ɔbɛfa saa ade no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 11 Sɛ nea nsu fi ne ho sen no+ mfaa nsu nhohoroo ne nsa na oso obi mu a, ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 12 Kuku biara a nea nsu fi ne ho sen no beso mu no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no, na sɛ oso ade a wɔde dua asen mu a, wɔmfa nsu nhohoro ho nyinaa.+

13 “‘Sɛ nea nsu fi ne ho sen no ahosen no twa a, ɔntwɛn nnanson mfa nnwira ne ho. Na ɔnhoro ne ntaade na ɔmfa nsu a efi asuten mu nguare mma ne ho ntew.+ 14 Ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien+ mmra Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no. 15 Ɔsɔfo no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔre, na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyew afɔre, na n’ahosen no nti, ɔsɔfo no mpata mma no wɔ Yehowa anim.

16 “‘Na sɛ ɔbarima bi ho ba a, ɔmfa nsu nguare ne honam nyinaa, nanso ne ho rentew kosi anwummere.+ 17 Ataade anaa aboa nhoma biara a ne ho nsu no bɛka mu no, ɛsɛ sɛ ɔhoro, nanso ɛho rentew kosi anwummere.

18 “‘Sɛ ɔbarima ne ɔbea da ma ɔbarima no ho ba a, wɔmfa nsu nguare, nanso wɔn ho rentew kosi anwummere.+

19 “‘Sɛ mogya sen fi ɔbea ho a, ɛsɛ sɛ ɔtena fie nnanson+ wɔ ne brayɛ mogya mu, efisɛ ne ho ntew, na obiara a ne ho bɛka no no nso ho rentew kosi anwummere.+ 20 Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so bere a wayɛ bra no, ɛho rentew.+ 21 Obiara a ne ho bɛka ne mpa no nhoro ne ntaade na onguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 22 Obiara a ne ho bɛka biribi a ɔbea no atena so no, ma onii no nhoro ne ntaade na onguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 23 Sɛ mpa so na na ɔte oo, sɛ biribi foforo so na na ɔte oo, obiara a ne ho bɛka no no, ne ho rentew kosi anwummere.+ 24 Na sɛ ɔbarima bi ne ɔbea no da ma ne brayɛ mogya gu ne ho fĩ a,+ ɔbarima no ho rentew nnanson, na biribiara a ɔbarima no bɛda so no, ɛno nso ho begu fĩ.

25 “‘Sɛ mogya tu ɔbea nna pii+ bere a ne bra nnui+ anaasɛ mogya no kyɛ sen bere a ɔde yɛ bra a, nna a mogya betu no nyinaa, ne ho rentew; ɛbɛyɛ te sɛ nea wayɛ bra no ara. 26 Mpa biara a ɔbɛda so bere a mogya retu no no bɛyɛ te sɛ bere a wayɛ bra no,+ na biribiara a ɔbɛtena so ho begu fĩ te sɛ bere a wayɛ bra no. 27 Obiara a ne ho bɛka nneɛma a ɛte saa no nso ho begu fĩ, na ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntaade na oguare, nanso ne ho rentew kosi anwummere.+

28 “‘Nanso sɛ mogya no twa a, ɔntwɛn nnanson, na ɛno akyi no, ne ho bɛtew.+ 29 Ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien+ mmrɛ ɔsɔfo no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano.+ 30 Ɔsɔfo no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔre, na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyew afɔre, na ne ho a agu fĩ nti, ɔsɔfo no mpata mma no wɔ Yehowa anim.+

31 “‘Eyinom na monhwɛ mma Israelfo nyɛ mfa ntew wɔn ho, na wɔamfa fĩ anka me som ntamadan a ɛwɔ wɔn mfinimfini no na wɔanwuwu.+

32 “‘Eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a nsu fi ne ho sen, ɔbarima a ne ho nsu ama ne ho agu fĩ,+ 33 ɔbea a wayɛ bra ma enti ne ho ntew,+ ɔbarima anaa ɔbea biara a biribi fi ne ho sen,+ ne ɔbarima a ɔne ɔbea a ne ho ntew bɛda.’”

16 Bere a Aaron mma baanu no amfa ɔkwampa so amma Yehowa anim a enti wowuwui no,+ akyiri yi, Yehowa ne Mose kasae. 2 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɔrentumi mma kronkronbea hɔ na onwura mu nkɔ ntwamutam no akyi+ wɔ Adaka no mmuaso anim bere biara a ɔpɛ,+ anyɛ saa a obewu,+ efisɛ meyi me ho adi omununkum mu+ wɔ mmuaso no+ so.

3 “Sɛ Aaron ba Kronkron Mu Kronkronbea hɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔde ba ni: nantwinini kumaa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre+ ne odwennini a ɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre.+ 4 Ma ɔnhyɛ nwera ataade tenten kronkron no,+ na ɔnhyɛ nwera nika*+ nkata ne ho. Na ɔmfa nwera a ɔde bɔ ne mu no+ mmɔ so, na ɔmmɔ nwera abotiri no.+ Ɛyɛ ntaade kronkron.+ Ɔmfa nsu nguare+ ansa na wahyɛ.

5 “Onnye mpapo nkumaa abien mfi Israel asafo no+ hɔ mfa mmɔ bɔne ho afɔre, na onnye odwennini baako mfa mmɔ ɔhyew afɔre.

6 “Afei ma Aaron mfa nantwinini a ɔde bae no mmɔ bɔne ho afɔre mma ne ho,+ na ɔmpata mma ne ho ne ne fi.

7 “Owie a, ɔmfa mpapo abien no mmra Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano. 8 Ma Aaron mmɔ mpapo abien no so ntonto nhu nea ɔde bɛma Yehowa ne nea ɔde bɛyɛ Asasel* ɔpapo. 9 Aaron mfa ɔpapo a ntonto no beyi no+ ama Yehowa no mmɔ bɔne ho afɔre. 10 Ɔpapo a ntonto no beyi no sɛ Asasel ɔpapo no de, ɔmfa no mmegyina Yehowa anim animono, na wonkogyaa Asasel ɔpapo no wɔ sare so, na ama nkurɔfo no anya bɔnefakyɛ.+

11 “Ma Aaron mfa nantwinini a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ne ho no mmra, na ɔmpata mma ne ho ne ne fi. Ɛno akyi no, onkum nantwinini a ɔde rebɔ bɔne ho afɔre ama ne ho no.+

12 “Afei afɔremuka a ɛwɔ Yehowa anim no, onyi nnyansramma a ɛwɔ so no bi ngu kankyee a wɔde ogya gu mu mu,+ na ɔmfa aduhuam a wɔasiw no muhumuhu+ nsa ma abien nka ho nwura mu nkɔ ntwamutam no+ akyi. 13 Ɔmfa aduhuam no ngu gya no so wɔ Yehowa anim,+ na aduhuam wusiw kumɔnn no nkata Adanse Adaka+ mmuaso no+ so. Ma ɔnyɛ saa na wanwu.

14 “Ma ɔmfa ne nsateaa mmɔ nantwinini no mogya+ mu mpete mmuaso no anim baabi a ɛhwɛ apuei fam no; ma ɔmfa mogya no mpete mmuaso no anim mpɛn ason.+

15 “Onkum ɔpapo a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ɔman no,+ na ɔmfa ne mogya+ no nwura mu nkɔ ntwamutam no akyi,+ na ɔnyɛ nea ɔde nantwinini no mogya yɛe no ara bi. Ɔmfa mpete mmuaso no anim.

16 “Israelfo nneyɛe a ɛho ntew, wɔn mmarato, ne wɔn bɔne nyinaa+ nti, ma ɔmpata mma kronkronbea no. Saa na ɔnyɛ ahyiae ntamadan a ɛwɔ Israelfo a wɔn ho ntew no mfinimfini no.

17 “Sɛ ɔkɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ kɔbɔ mpata afɔre a, ɛnsɛ sɛ obiara kɔ ahyiae ntamadan no mu kosi sɛ ɔbɛba. Ma ɔmpata mma ne ho ne ne fi+ ne Israel asafo nyinaa.+

18 “Afei ɔmmra afɔremuka+ a ɛwɔ Yehowa anim no ho na ɔmpata mma afɔremuka no. Ɔmfa nantwinini ne ɔpapo mogya no bi nyɛ afɔremuka no mmɛn no biara ho. 19 Bio nso, ɔmfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu na ɔmfa mpete so mpɛn ason, na ɔntew ho mfi Israelfo nneyɛe a ɛho ntew ho, na ɔnyɛ no kronkron.

20 “Sɛ ɔpata ma Kronkron Mu Kronkronbea no ne ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no wie a,+ ɔmfa ɔpapo a ɔte ase no mmra.+ 21 Aaron mfa ne nsa abien ngu ɔpapo no apampam, na ɔnka Israelfo mfomso nyinaa, wɔn mmarato nyinaa, ne wɔn bɔne nyinaa ngu ɔpapo no ti so,+ na ɔmfa no mma ɔbarima a wɔapaw no sɛ ɔmfa no nkɔ no,* na onkogyaa no wɔ sare so. 22 Ma onnyaa ɔpapo no wɔ sare no so, na ɔpapo no nsoa wɔn bɔne nyinaa+ nkɔ sare no so.+

23 “Afei Aaron nkɔ ahyiae ntamadan no mu na onyi nwera ntaade a ɔhyɛ kɔɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ no, na onnyaw wɔ hɔ. 24 Ɔmfa nsu nguare*+ wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ n’asɔfotaade;+ afei ompue mmɛbɔ n’ankasa hyew afɔre+ ne ɔman no hyew afɔre.+ Na ɔmpata mma ne ho ne ɔman no.+ 25 Ɔnhyew mmoa a ɔde rebɔ bɔne ho afɔre no srade wɔ afɔremuka no so.

26 “Ɔbarima a okogyaa Asasel ɔpapo+ no nso nhoro ne ntaade na ɔmfa nsu nguare ansa na waba asoɛe hɔ.

27 “Afei nantwinini ne ɔpapo a wɔde bɛbɔɔ bɔne ho afɔre a wɔde wɔn mogya kɔpatae wɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ no, ma wɔmfa nkɔ asoɛe no akyi, na wɔmfa ogya nhyew wɔn nhoma, wɔn nam, ne wɔn bin.+ 28 Nea ɔbɛhyew mmoa no, ma ɔnhoro ne ntaade na ɔmfa nsu nguare ansa na waba asoɛe hɔ.

29 “Eyi bɛyɛ ahyɛde a mubedi so daa: Bosome a ɛto so ason no da a ɛto so du no, munni awerɛhow,* na kuromanni oo, ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu oo, mma obiara nnyɛ adwuma biara.+ 30 Saa da yi na wɔbɛpata ama mo+ de atew mo ho. Mo ho bɛtew afi mo bɔne nyinaa ho wɔ Yehowa anim.+ 31 Ɛyɛ homeda a mode bɛhome koraa, na ɛsɛ sɛ mudi* awerɛhow.+ Ɛyɛ ahyɛde a mubedi so daa.

32 “Ɔsɔfo a wɔbɛsra no+ ahyɛ no sɔfo*+ ma wasi ne papa ananmu+ no, ɔno na ɔbɛbɔ mpata afɔre no, na wahyɛ nwera ntaade kronkron no.+ 33 Ɔmpata mma Kronkron Mu Kronkronbea no,+ ahyiae ntamadan no,+ ne afɔremuka no,+ na ɔmpata mma asɔfo no ne Israel asafo nyinaa.+ 34 Eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa,+ na afe biara mobɛpata ama Israelfo bɔne nyinaa pɛnkoro.”+

Enti ɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.

17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni:

3 “‘“Ɛnsɛ sɛ Israelni biara kum nantwi anaa odwennini kumaa anaa apɔnkye wɔ asoɛe hɔ anaa asoɛe no akyi. 4 Mmom ɛsɛ sɛ ɔde ba Yehowa ahyiae ntamadan no kwan ano bɛbɔ afɔre wɔ Yehowa anim, kyerɛ sɛ, ɔsom ntamadan no kwan ano. Anyɛ saa a, wobebu no sɛ wadi mogya ho fɔ. Wahwie mogya agu, enti wobekum no.* 5 Eyi bɛma Israelfo de mmoa a anka wobekum wɔn wɔ wuram no aba Yehowa anim de abrɛ ɔsɔfo no wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ wɔde bɔ asomdwoe afɔre ma Yehowa.+ 6 Afei ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de mogya no pete Yehowa afɔremuka no so wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, na ɔhyew srade no ma ɛyɛ afɔre huamhuam* ma Yehowa.+ 7 Enti ɛnsɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma abosom a wɔte sɛ mpɔnkye*+ a wɔne wɔn bɔ aguaman no bio.+ Eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu.”’

8 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔho biara a wabɛsoɛ mo mu a ɔpɛ sɛ ɔbɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre foforo bi no, 9 ɔmfa mmrɛ Yehowa wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, anyɛ saa a, wobekum no.*+

10 “‘Israelni anaa ɔhɔho biara a wabɛsoɛ mo mu a obedi mogya+ biara no, mɛma m’ani asa nea* odi mogya no, na mekum no.* 11 Na ɔhonam biara nkwa* wɔ ne mogya mu,+ na me na mede ama mo sɛ momfa mpata mma mo ho* wɔ afɔremuka no+ so, efisɛ nkwa* a ɛwɔ mogya mu nti, wɔde pata ma bɔne.+ 12 Eyi nti maka akyerɛ Israelfo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mo mu biara* di mogya, na ɛnsɛ sɛ ɔhɔho biara a wabɛsoɛ mo mu+ nso di mogya.”+

13 “‘Sɛ Israelni anaa ɔhɔho biara a wabɛsoɛ mo mu kɔ ahayɔ na ɔkyere aboa anaa anomaa bi a ɔpɛ sɛ odi a, onhwie ne mogya ngu+ mfa dɔte nkata so. 14 Na ɔhonam biara nkwa* ne ne mogya, efisɛ nkwa* wɔ mogya no mu. Enti meka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Munnni ɔhonam biara mogya, efisɛ ɔhonam biara nkwa* ne ne mogya. Obiara a obedi no, wobekum no.”*+ 15 Obiara* a ɔbɛwe aboa a wawu anaa nea aboa bi atetew ne mu no,+ ɔyɛ kuromanni oo, ɔhɔho oo, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntaade na ɔde nsu guare, nanso ne ho rentew kosi anwummere;+ anwummere na ne ho bɛtew. 16 Na sɛ wanhoro ne ntaade anguare* a, ɛnde wayɛ bɔne na obenya ne bɔne so akatua.’”+

18 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Mene Yehowa mo Nyankopɔn.+ 3 Ɛnsɛ sɛ musuasua Egyptfo a na mote wɔn asaase so no, na Kaananfo a mede mo rekɔ wɔn asaase so no nso, ɛnsɛ sɛ musuasua wɔn+ anaa mudi wɔn amanne akyi. 4 M’atemmusɛm so na munni, na m’ahyɛde mu na monnantew.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. 5 Munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so. Obiara a ɔbɛyɛ saa no nam so benya nkwa.+ Mene Yehowa.

6 “‘Ɛnsɛ sɛ mo mu biara ne ne busuani a ɔbɛn no paa nya nna mu nkitahodi.*+ Mene Yehowa. 7 Ɛnsɛ sɛ wo ne wo papa nya nna mu nkitahodi, na ɛnsɛ sɛ wo ne wo maame nso nya nna mu nkitahodi. Ɔyɛ wo maame, enti ɛnsɛ sɛ wo ne no da.

8 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo papa yere da.+ Woyɛ saa a, woagu wo papa anim ase.*

9 “‘Wowɔ nuabea a ɔyɛ wo papa babea anaa wo maame babea a, sɛ wɔwoo mo wɔ ofi baako mu oo, sɛ ɛsono baabi a wɔwoo obiara oo, ɛnsɛ sɛ wo ne no da.+

10 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo babarima babea anaa wo babea babea da, efisɛ ɛyɛ w’ankasa adagyaw.

11 “‘Wo papa babea a ɔne ɔbea foforo awo no no, ɛnsɛ sɛ wo ne no da. Ɔyɛ wo papa ba, enti ɔyɛ wo nuabea.

12 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo papa nuabea da. Ɔne wo papa yɛ mogya koro.+

13 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo maame nuabea da, efisɛ ɔne wo maame yɛ mogya koro.

14 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo papa nuabarima yere da. Ɛbɛyɛ animguase ama wo papa nuabarima no,* efisɛ ne yere yɛ wo maame.+

15 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo ba yere da.+ Ɔyɛ w’ase, enti ɛnsɛ sɛ wo ne no da.

16 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo nua yere da,+ efisɛ ɛbɛyɛ animguase ama wo nua no.*

17 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne ɔbea ne ne babea nyinaa da,+ na ɛnsɛ sɛ wo ne ne babarima babea anaa ne babea babea da. Wɔyɛ n’abusuafo a wɔbɛn no. Woyɛ saa a, ɛyɛ ahohwibra.*

18 “‘Nware ɔbea nka ne nuabea ho mma wɔmmɛyɛ akorafo,+ na ɛnsɛ sɛ wo ne no da bere a ne nua no da so te ase.

19 “‘Nkɔ ɔbea a wayɛ bra ho ne no nkɔda. Ne ho ntew.+

20 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo yɔnko yere da de gu wo ho fĩ.+

21 “‘Ɛnsɛ sɛ woma wɔde wo ba biara bɔ afɔre ma Molek.+ Nyɛ saa mfa ngu wo Nyankopɔn din ho fĩ.+ Mene Yehowa.

22 “‘Wo ne ɔbarima nnna sɛnea wo ne ɔbea da.+ Ɛyɛ akyiwade.

23 “‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima ne aboa da de gu n’ankasa ho fĩ, na ɛnsɛ sɛ ɔbea de ne ho ma aboa ma ɔne no da.+ Ɛyɛ akyiwade.

24 “‘Mfa eyinom biara ngu wo ho fĩ, efisɛ eyi na ama aman a merepam wɔn afi w’anim yi ho agu fĩ.+ 25 Ɛno nti asaase no ho agu fĩ, na mede ne bɔne ho akatua bɛba no so, na ɛbɛfe so nnipa agu.+ 26 Na mo de, munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so,+ na ɛnsɛ sɛ moyɛ akyiwade yi bi. Kuromanni oo, ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu oo, ɛnsɛ sɛ obiara yɛ bi.+ 27 Akyiwade yi nyinaa na wɔn a wɔtenaa asaase no so ansa na moreba no yɛe.+ Ɛno nti na seesei asaase no ho ntew no. 28 Ɛba saa a, asaase no remfe mo ngu te sɛ aman a wɔtenaa so ansa na moreba no, efisɛ moangu ho fĩ. 29 Obiara a ɔbɛyɛ akyiwade yi bi no, wobekum no.* 30 Monhwɛ nni m’ahyɛde so na moanyɛ amanne tantan a wɔn a wɔtenaa asaase no so ansa na moreba no yɛe no bi,+ na angu mo ho fĩ. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”

19 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israel asafo nyinaa sɛ, ‘Monyɛ kronkron, efisɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.+

3 “‘Obiara nnya obu* mma ne maame ne ne papa,+ na munni me home nna.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. 4 Munnni anyamehunu akyi,+ na monnyɛ dade ahoni biara.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

5 “‘Sɛ morebɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa a,+ monyɛ no sɛnea ɛbɛsɔ n’ani.+ 6 Sɛ mobɔ afɔre a, munni no saa da no ara anaa n’adekyee. Sɛ ebi ka ma edi nnansa a, momfa ogya nhyew.+ 7 Sɛ edi nnansa na obi di a, ɛyɛ atantanne. Nhyira biara nnim. 8 Nea obedi no, wayɛ bɔne, na obenya ne bɔne so akatua, efisɛ wagu Yehowa nneɛma kronkron ho fĩ. Ɛsɛ sɛ wokum no.*

9 “‘Sɛ moretwa mo asaase so nnɔbae a, munntwa nea ɛwɔ afuw no anoano no nyinaa, na monnsesaw nea aka ase no.+ 10 Na wutwa wo bobefuw* mu aba nso a, ɛnsɛ sɛ wosesaw aba a aka ase anaa nea agugu fam no. Gyaw ma ahiafo*+ ne ahɔho a wɔabɛsoɛ mo mu no. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

11 “‘Mommmɔ korɔn,+ monnnaadaa obiara,+ na munntwa mo yɔnko nkontompo. 12 Mommfa me din nnka atoro ntam+ na moangu mo Nyankopɔn din ho fĩ. Mene Yehowa. 13 Nsisi wo yɔnko,+ na mmɔ nkurɔfo apoo.+ Mfa ɔpaani akatua nto wo ho mma ade nkye so.+

14 “‘Nnome obi a n’aso asiw,* na mfa biribi nsi onifuraefo kwan mu.+ Suro wo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa.

15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnhwɛ ne hia ho nnkogyina n’afã, na moredi ɔdefo asɛm nso a, monnhwɛ ne sika ho nnkogyina n’afã.+ Mummu atɛntrenee mma mo yɔnko.

16 “‘Nkyinkyin nsɛe wo yɔnko din.+ Na mfa wo yɔnko nkwa* nto asiane mu.*+ Mene Yehowa.

17 “‘Nnya wo nua ho tan wɔ wo komam.+ Nea ɛte biara wo ne wo yɔnko no nkasa,+ na woansoa ne bɔne no bi.

18 “‘Obi yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka,+ na nnya wo nkurɔfo ho menasepɔw. Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.+ Mene Yehowa.

19 “‘Munni m’ahyɛde yi so: Mommma mo afieboa a ɛsono wɔn mu biara mmforo wɔn ho. Munnnua aba abien a ɛsono emu biara wɔ afuw baako mu,+ na monnhyɛ ataade a wɔde nhama ahorow abien afra anwene.+

20 “‘Sɛ ɔbarima bi ne afenaa a wɔde no rema ɔbarima foforo da, na sɛ wɔntɔɔ ɔbea no mfii nkoasom mu anaa onnya nnee ne ho a, ɛsɛ sɛ wonya ho asotwe. Nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ ɔbea no nnya nnee ne ho. 21 Ɔbarima no mfa odwennini mmrɛ Yehowa wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano mma wɔmfa mmɔ afodi afɔre.+ 22 Ɔsɔfo no de odwennini no bɛbɔ afodi afɔre wɔ Yehowa anim de apata ne bɔne, na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.

23 “‘Sɛ mudu asaase no so na mudua dua biara a mubedi so aba a, ɛsɛ sɛ mubu dua no sɛ ɛso aba ho ntew, na wɔabara.* Ebesi hɔ mfe abiɛsa sɛ dua a wɔabara.* Ɛnsɛ sɛ mudi bi. 24 Nanso afe a ɛto so anan no, dua no so aba nyinaa bɛyɛ kronkron, na ɛbɛyɛ bere a mubedi ahurusi wɔ Yehowa anim.+ 25 Afei edu afe a ɛto so anum no a, mubetumi adi n’aba no bi, na mode aka nnɔbae a mutwa no ho. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

26 “‘Munnni biribiara a mogya da so wom.+

“‘Monnkɔ abisa, na munnni nkonyaayi akyi.+

27 “‘Munnyi* mo asontɔrem nwi, na munntwitwa mo abogyesɛ ano nnsɛe no.+

28 “‘Munntwitwa mo ho akam mmma obi* a wawu,+ na monnyeyɛ ahyɛnsode* wɔ mo honam ani. Mene Yehowa.

29 “‘Mma wo babea nnnan tuutuuni+ nngu n’anim ase, na amma asaase no ammɔ aguaman, na ɔbrabɔne anhyɛ so ma.+

30 “‘Munni me home nna,+ na munni me tenabea kronkron no ni.* Mene Yehowa.

31 “‘Monnkɔ akɔmfo anaa asumanfo nkyɛn+ na mo ho angu fĩ. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

32 “‘Sɔre fa nidi ma nea wafuw dwen,+ di akwakoraa ni,+ na suro wo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa.

33 “‘Sɛ ɔhɔho bɛsoɛ mo asaase so a, monntan n’ani.+ 34 Mummu ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no sɛ kuromanni,+ na monnɔ no sɛ mo ho, efisɛ mo nso na moyɛ ahɔho wɔ Egypt asaase so.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

35 “‘Sɛ moresusuw biribi oo, morekari oo, morehyɛ oo, mommma nnaadaa mmma mu.+ 36 Sɛ mode nsenia,* nkaribo, anaa susukuruwa* resusuw ade a, momfa nea ɛyɛ pɛpɛɛpɛ nsusuw.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔde mo fi Egypt asaase so bae no. 37 Enti munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm nyinaa so, na monyɛ nea maka nyinaa.+ Mene Yehowa.’”

20 Yehowa toaa so kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔho biara a ɔte Israel a ɔde ne ba biara bɛma Molek no, ɛsɛ sɛ wokum no.+ Asaase no sofo nsiw no abo nkum no. 3 M’ankasa nso mɛma m’ani asa onipa a ɔte saa na makum no,* efisɛ ɔde ne ba ama Molek de agu me kronkronbea ne me din kronkron no ho fĩ.+ 4 Sɛ ɔde ne ba ma Molek na asaase no sofo bu wɔn ani gu so na wɔankum no a,+ 5 ɛnde mɛma m’ani asa saa onipa no ne n’abusua,+ na ɔne wɔn a wodii n’akyi ne Molek bɔɔ aguaman no nyinaa, mekum wɔn.*

6 “‘Obiara* a obefi m’akyi akodi akɔmfo anaa asumanfo akyi*+ no, mɛma m’ani asa onipa a ɔte saa no na makum no.*+

7 “‘Montew mo ho na monyɛ kronkron,+ efisɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn. 8 Monhwɛ nni m’ahyɛde so.+ Mene Yehowa, na me na merema mo ho atew.+

9 “‘Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame* no, ɛsɛ sɛ wokum no.+ Ne papa ne ne maame na wadome wɔn, enti ne mogya begu n’ankasa ti so.

10 “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo yere bɛsɛe aware, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda no, ɛsɛ sɛ wokum no. Wonkum ɔbarima ne ɔbea awaresɛefo no nyinaa.+ 11 Ɔbarima a ɔne ne papa yere bɛda no agu ne papa anim ase.*+ Wonkum wɔn baanu nyinaa. Wɔn mogya begu wɔn ankasa ti so. 12 Sɛ ɔbarima ne ne ba yere da a, ɛsɛ sɛ wokum wɔn baanu nyinaa. Wɔayɛ akyiwade. Wɔn mogya begu wɔn ankasa ti so.+

13 “‘Sɛ ɔbarima ne ne yɔnko barima da sɛnea ɔne ɔbea da a, wɔn baanu nyinaa ayɛ akyiwade.+ Ɛsɛ sɛ wokum wɔn. Wɔn mogya begu wɔn ankasa ti so.

14 “‘Sɛ ɔbarima fa ɔbea ne ne maame nyinaa a, ɛyɛ ahohwibra.*+ Ɛsɛ sɛ wɔhyew ɔne wɔn nyinaa wɔ ogya mu+ na ahohwibra antena mo mu.

15 “‘Ɔbarima biara a ɔne aboa bɛda no, ɛsɛ sɛ mukum no na mukum aboa no ka ho.+ 16 Sɛ ɔbea bi de ne ho ma aboa ma ɔfa no a,+ munkum ɔbea no ne aboa no nyinaa. Ɛsɛ sɛ wowu. Wɔn mogya begu wɔn ankasa ti so.

17 “‘Sɛ ɔbarima bi ne ne nuabea a ɔyɛ ne papa ba anaa ne maame ba da ma ohu n’adagyaw na ɔbea no nso hu n’adagyaw a, ɛyɛ aniwude.+ Enti ɛsɛ sɛ wokum wɔn* wɔ wɔn man mufo anim. Ɛyɛ animguase ma ne nuabea no.* Wayɛ bɔne, na obenya ne bɔne so akatua.

18 “‘Sɛ ɔbarima ne ɔbea a wayɛ bra da a, ɛyɛ ɔbea no mogya na wɔn baanu abue so.+ Wɔn baanu nyinaa, ɛsɛ sɛ wokum wɔn.*

19 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo maame nuabea anaa wo papa nuabea da, efisɛ obi yɛ saa a, ɛyɛ animguase ma ne busuani a ɔbɛn no no.+ Wɔayɛ bɔne, na wobenya wɔn bɔne so akatua. 20 Sɛ obi ne ne papa nua yere da a, wagu ne papa nua no anim ase.*+ Wɔayɛ bɔne, na wobenya wɔn bɔne so akatua. Wobewu, na wɔrennya mma. 21 Sɛ obi fa ne nua yere a, ɛyɛ abofonode.+ Wagu ne nua anim ase.* Wɔrennya mma.

22 “‘Monhwɛ nni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm nyinaa so,+ na asaase a mede mo rekɔ so no amfe mo angu.+ 23 Aman a merepam wɔn afi mo anim no, munnni wɔn amanne akyi,+ efisɛ wɔayɛ saa nneɛma yi nyinaa ama wɔn ho ayɛ me abofono.+ 24 Eyi nti meka kyerɛɛ mo sɛ: “Mobɛfa wɔn asaase, na mede saa asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so+ no bɛma mo na ayɛ mo agyapade. Mene Yehowa mo Nyankopɔn; me na matew mo afi aman a aka no ho.”+ 25 Momma nsonsonoe nna mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam, ne nnomaa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam.+ Ɛnsɛ sɛ mode mmoa anaa nnomaa anaa biribiara a ɛwea fam a makyerɛ sɛ wɔn ho ntew no gu mo ho* fĩ.+ 26 Monyɛ kronkron, efisɛ me Yehowa meyɛ kronkron,+ na meretew mo afi aman a aka no ho de mo ayɛ m’agyapade.+

27 “‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi yɛ ɔkɔmfo anaa osumanni* a, wonkum wɔn.+ Wonsiw wɔn abo nkum wɔn. Wɔn mogya begu wɔn ankasa ti so.’”

21 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo ne Aaron mma a wɔyɛ asɔfo no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Obiara nhwɛ na wamfa efunu* angu ne ho fĩ wɔ ne manfo mu.+ 2 Nanso sɛ ɔyɛ ne busuani a ɔbɛn no pɛɛ, ne maame, ne papa, ne babarima, ne babea, anaa ne nuabarima de a, obetumi ama wɔagu ne ho fĩ. 3 Ne nuabea a ɔyɛ ɔbaabun a ɔte bɛn no na onnya nwaree nso, obetumi ama wagu ne ho fĩ. 4 Ɔrentumi mfa ɔbea a waware wɔ ɔman no mu funu ngu ne ho fĩ. 5 Ɛnsɛ sɛ wɔwerɛw wɔn ti ho,+ wotwitwa wɔn abogyesɛ ano sɛe no, anaa wotwitwa wɔn ho akam.+ 6 Wɔnyɛ kronn wɔ wɔn Nyankopɔn anim,+ na ɛnsɛ sɛ wogu wɔn Nyankopɔn din ho fĩ,+ efisɛ wɔn na wɔhyew afɔrebɔde ma Yehowa na wɔde paanoo* ba wɔn Nyankopɔn anim; enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronn.+ 7 Ɛnsɛ sɛ wɔware tuutuuni bea,+ ɔbea a ɔbarima de ne ho aka no, anaa nea ne kunu agyaa no,+ efisɛ ɔsɔfo no yɛ kronkron ma ne Nyankopɔn. 8 Tew ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔde wo Nyankopɔn paanoo brɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron, efisɛ me Yehowa a merema mo ho atew no, meyɛ kronkron.+

9 “‘Sɛ ɔsɔfo babea dan tuutuuni de gu ne ho fĩ a, ɔregu ne papa ho fĩ. Wɔnhyew ɔbea no wɔ ogya mu.+

10 “‘Ɔsɔfo panyin a wobeyi no afi ne nuanom mu ahwie ɔsrango agu n’apampam asra no+ ahyɛ no sɔfo* sɛ ɔnhyɛ asɔfotaade no,+ ɛnsɛ sɛ ogyaw ne ti nwi basaa, na ɛnsɛ sɛ osuan n’ataade mu.+ 11 Ɛnsɛ sɛ ɔbɛn efunu* biara ho.+ Ɔrentumi mfa ne papa anaa ne maame mpo funu ngu ne ho fĩ. 12 Ɛnsɛ sɛ ofi tenabea kronkron hɔ kɔ, na ɛnsɛ sɛ ogu ne Nyankopɔn tenabea kronkron no ho fĩ,+ efisɛ ahosohyira sɛnkyerɛnne, Onyankopɔn srango+ no wɔ no so. Mene Yehowa.

13 “‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbaabun.+ 14 Ɔbea kunafo, nea ne kunu agyaa no, ɔbea a ɔbarima de ne ho aka no, anaa tuutuuni de, ɛnsɛ sɛ ɔware wɔn mu biara. Mmom ɔnware ne man muni a ɔyɛ ɔbaabun. 15 Ɛnsɛ sɛ ogu n’asefo* ho fĩ wɔ ne man mu,+ efisɛ me Yehowa na merema ne ho atew.’”

16 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17 “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘W’asefo* awo ntoatoaso nyinaa mu no, ɛnsɛ sɛ ɔbarima biara a dɛm wɔ ne ho de ne Nyankopɔn paanoo ba n’anim. 18 Ɔbarima biara a dɛm wɔ ne ho mmma m’anim: onifuraefo, apakye, obi a n’anim adi dɛm,* nea ne nan anaa ne nsa baako ware kyɛn baako, 19 nea ne nan anaa ne nsa mu abu, 20 afũ, akwatia,* nea n’ani atɔ kyima, nea wadɔ ntwom, nea ɛyam atotɔ ne ho, anaa nea ne hwea mu aba abɔ.+ 21 Aaron aseni* biara a dɛm wɔ ne ho rentumi mma Yehowa anim mmɛhyew afɔrebɔde mma no. Ɛdɛm a ɛwɔ ne ho nti, ɔrentumi mma sɛ ɔde ne Nyankopɔn paanoo rebrɛ no. 22 Ne Nyankopɔn paanoo a efi nneɛma kronkron mu anaa ade kronkron paa+ mu no, obetumi adi bi.+ 23 Nanso dɛm no nti ɔrentumi mma ntwamutam+ anaa afɔremuka+ no ho. Ɛnsɛ sɛ ogu me tenabea kronkron no ho fĩ,+ efisɛ me Yehowa na merema wɔn ho atew.’”+

24 Enti Mose de asɛm yi too Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa anim.

22 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ nneɛma kronkron a Israelfo no retew ho ama me no, wɔnyɛ ahwɛyiye wɔ ho* na wɔangu me din kronkron no ho fĩ.+ Mene Yehowa. 3 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo awo ntoatoaso nyinaa mu no, sɛ mo asefo mu biara ho gu fĩ na ɔba nneɛma kronkron a Israelfo atew ho ama Yehowa no ho a, wonkum saa onipa no.*+ Mene Yehowa. 4 Aaron asefo no mu barima biara a ɔyare kwata+ anaa nsu fi ne ho sen+ rentumi nni nneɛma kronkron no bi kosi sɛ ne ho bɛtew,+ na nea ne ho aka obi a efunu* agu ne ho fĩ+ nso rentumi nni. Saa ara na sɛ ɔbarima bi ho ba,+ 5 anaa ne ho ka aboa a ɔwea fam+ a ne ho ntew anaa ne ho ka obi a biribi agu ne ho fĩ a,+ ɔrentumi nni. 6 Obi* a ne ho bɛka biribi a ɛte saa no ho rentew kosi anwummere, na ɛnsɛ sɛ odi nneɛma kronkron no bi. Ɛsɛ sɛ ɔde nsu guare.+ 7 Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛtew, na obetumi adi nneɛma kronkron no bi, efisɛ ɛyɛ n’aduan.+ 8 Afei nso, ɔnhwɛ na wanwe aboa funu anaa nea aboa foforo atetew ne mu, na ne ho angu fĩ.+ Mene Yehowa.

9 “‘Wɔnhwɛ nni m’ahyɛde so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu me nneɛma kronkron ho fĩ, na wɔanni fɔ amma wɔanwuwu. Mene Yehowa, na me na merema wɔn ho atew.

10 “‘Obiara a omfi asɔfo abusua mu* rentumi nni nneɛma kronkron no bi.+ Ɔhɔho a wabɛsoɛ ɔsɔfo anaa ɔpaani biara rentumi nni nneɛma kronkron no bi. 11 Nanso sɛ ɔsɔfo tew sika tɔ obi* a, onii no betumi adi bi. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ ne fi nso betumi adi n’aduan no bi.+ 12 Sɛ ɔsɔfo babea kɔware obi a ɔnyɛ ɔsɔfo* a, ɔbea no rentumi nni afɔrebɔde kronkron no bi. 13 Nanso sɛ ɔsɔfo babea bɛyɛ okunafo anaa sɛ ne kunu gyaa no na onni mma, na sɛ ɔsan kɔtena ne papa fi te sɛ bere a na ɔyɛ abeawa no a, obetumi adi ne papa aduan no bi;+ obi a omfi asɔfo abusua mu* de, ɔrentumi nni bi.

14 “‘Sɛ obi di ade kronkron bere a ɛnsɛ sɛ odi na n’ani ba ne ho so a, ɔmfa dekode no nkyem anum mu baako nka afɔrebɔ kronkron no ho mmrɛ ɔsɔfo no.+ 15 Enti wɔnhwɛ na wɔangu nneɛma kronkron a Israelfo de bɛbrɛ Yehowa no ho fĩ+ 16 esiane sɛ wɔadi ade kronkron nti. Anyɛ saa a wobedi fɔ na wɔanya ho asotwe. Mene Yehowa, na me na merema wɔn ho atew.’”

17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa sɛ, ‘Sɛ bɔhyɛ bi nti Israelni anaa ɔhɔho a ɔte Israel de aboa bi ba sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre+ anaa ayamye afɔre+ mma Yehowa a, 19 nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn ani asɔ no, ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nantwinini, odwennini kumaa, anaa ɔpapo a ɔte apɔw.+ 20 Mommfa biribiara a dɛm wɔ ho mmma,+ anyɛ saa a, n’ani rensɔ.

21 “‘Sɛ obi de aboa bi rebɛbɔ asomdwoe afɔre+ ama Yehowa de atua bɔhyɛ bi anaa ɔde rebɛbɔ ayamye afɔre a, ɔmfa oguan anaa nantwi a ɔte apɔw a dɛm biara nni ne ho mmra na ama n’ani asɔ. 22 Mommfa aboa a n’ani abɔ, nea ne dompe mu abu, nea biribi atwa no, nea ne ho atutu akuru, nea wadɔ ntwom, anaa nea ɛyam atotɔ ne ho mmmrɛ Yehowa; monnhyew eyinom biara wɔ afɔremuka no so mmmɔ afɔre mmma Yehowa. 23 Sɛ nantwi anaa oguan bi nan baako ware anaa ɛyɛ tia dodo a, mubetumi de abɔ ayamye afɔre, nanso sɛ mode tua bɔhyɛ bi a, ɛrensɔ ani. 24 Mommfa aboa a ne hwea abɔ, apɛtɛw, atew afi hɔ, anaa wɔatwa afi so mmma Yehowa anim, na mommfa mmmɔ afɔre wɔ mo asaase so. 25 Munnnye eyinom mu biara mmfi ɔhɔho nsam mma mo Nyankopɔn sɛ afɔrebɔde,* efisɛ wɔn ho agu fĩ na wɔadi dɛm. Ɛrensɔ ani.’”

26 Yehowa ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: 27 “Sɛ nantwi anaa oguan anaa apɔnkye wo a, ne ba no ntena ne maame nkyɛn nnanson,+ na efi da a ɛto so awotwe rekɔ no, mubetumi de ne ba no abɔ afɔre a wɔde ogya hyew ama Yehowa ma n’ani asɔ. 28 Munnkum nantwi anaa oguan ne ne ba nyinaa da koro.+

29 “Sɛ morebɔ aseda afɔre ama Yehowa a,+ mommɔ no sɛnea ɛbɛsɔ n’ani. 30 Munni no saa da no ara. Munnnyaw bi mmma ade nnkye so.+ Mene Yehowa.

31 “Munni m’ahyɛde so, na monyɛ nea maka nyinaa.+ Mene Yehowa. 32 Munngu me din kronkron no ho fĩ.+ Montew me din ho wɔ Israelfo mu.+ Mene Yehowa, na me na merema mo ho atew.+ 33 Me na miyii mo fii Egypt asaase so ma muhui sɛ mene mo Nyankopɔn no.+ Mene Yehowa.”

23 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Yehowa afahyɛ ahorow+ a ɛsɛ sɛ mobɔ no dawuru+ no yɛ nhyiam kronkron. M’afahyɛ ahorow no ni:

3 “‘Monyɛ adwuma nnansia, na da a ɛto so ason no yɛ da a ɛsɛ sɛ mohome koraa;+ ɛyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara. Baabi a mobɛtena biara no, monkae sɛ ɛyɛ Homeda ma Yehowa.+

4 “‘Eyinom ne Yehowa afahyɛ ahorow a ɛyɛ nhyiam kronkron no; bere no so a mommɔ no dawuru: 5 Bosome a edi kan no da a ɛto so 14 no+ anwummere* yɛ Yehowa Twam Afahyɛ.+

6 “‘Saa bosome yi da a ɛto so 15 no yɛ Paanoo a Mmɔkaw* Nnim Afahyɛ ma Yehowa.+ Enti munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson.+ 7 Ɛda a edi kan no bɛyɛ nhyiam kronkron ama mo.+ Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 8 Mmom momfa nnanson mmɔ afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa. Na da a ɛto so ason no yɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.’”

9 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ munya du asaase a mede rema mo no so na mutwa ɛso nnɔbae a, momfa mo aba a edi kan+ a moaboaboa ano atifi atifi no baako mmrɛ ɔsɔfo no.+ 11 Afei ɔsɔfo no nhim nnɔbae a wɔde abrɛ no no wɔ Yehowa anim na moanya nhyira. Onhim no da a edi Homeda so no. 12 Ɛda a mobɛma wɔahim nnɔbae no, momfa odwennini kumaa a wadi afe mmra mma wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa. 13 Afei momfa ngo mfɔtɔw esiam muhumuhu efa nkyem du mu abien* mmɛbɔ aduan afɔre huamhuam* a wɔhyew ma Yehowa no. Momfa bobesa hin* nkyem anan mu baako nka ho mmɛbɔ nsã afɔre. 14 Ɛnsɛ sɛ mudi paanoo, mowe nkyewe, anaa mudi baali* a moatwa no foforo no bi kosi da a mode mo afɔrebɔde bɛba mo Nyankopɔn anim no. Baabi a mobɛtena biara, eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu.

15 “‘Homeda no akyi da a edi hɔ a mode nnɔbae a moaboaboa ano atifi atifi no baako bɛba abɛbɔ ohim afɔre no, monkan Homeda ason mfi saa da no.+ Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnawɔtwe ason pɛpɛɛpɛ. 16 Monkan nnafua 50,+ na ɛbɛkɔ akosi da a edi Homeda a ɛto so ason no akyi, na momfa nnɔbae foforo nyɛ aduan afɔre mmrɛ Yehowa.+ 17 Baabi a mote biara, momfa paanoo abien mmɛbɔ ohim afɔre. Momfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu abien* ntõ paanoo a mmɔkaw wom no,+ na ɛnyɛ aba a edi kan mma Yehowa.+ 18 Momfa adwennini nkumaa ason a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe ne nantwinini kumaa baako ne adwennini abien nka paanoo no ho mmra.+ Wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa nka aduan ne nsã afɔre no ho, na ɛnyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa. 19 Momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre+ na momfa adwennini nkumaa abien a wɔn mu biara adi afe mmɔ asomdwoe afɔre.+ 20 Ɔsɔfo no mfa adwennini nkumaa abien no nka paanoo a wɔde aba a edi kan yɛe no ho, na onhim sɛ ohim afɔre mma Yehowa. Ɛyɛ kronkron ma Yehowa, na ɛbɛyɛ ɔsɔfo no dea.+ 21 Saa da no du a, mommɔ dawuru+ sɛ ɛyɛ nhyiam kronkron ma mo. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. Baabi a mobɛtena biara, eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu.

22 “‘Sɛ moretwa mo asaase so nnɔbae a, munntwa nea ɛwɔ afuw no anoano no nyinaa, na monnsesaw nea aka ase no.+ Munnyaw mma ahiafo*+ ne ahɔho a wɔabɛsoɛ mo mu no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”

23 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Bosome a ɛto so ason no da a edi kan no, monhome koraa. Ɛyɛ nhyiam kronkron a wɔbɛhyɛn torobɛnto de abɔ no dawuru.+ 25 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara, mmom mommɔ afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa.’”

26 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 27 “Bosome a ɛto so ason yi da a ɛto so du no de, ɛyɛ Mpata Da.+ Ɛyɛ nhyiam kronkron ma mo; munni awerɛhow,*+ na mommɔ afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa. 28 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa da yi, efisɛ ɛyɛ da a wɔbɛpata ama mo+ wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim. 29 Obiara* a wanni awerɛhow* saa da no, wobekum no.*+ 30 Na obiara* a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, mekum no. 31 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara. Na baabi a mobɛtena biara, eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu. 32 Ɛyɛ da a mobɛhome koraa, na bosome no da a ɛto so akron no anwummere no, munni* awerɛhow.+ Munni homeda no mfi anwummere nkosi anwummere.”

33 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 34 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Bosome a ɛto so ason yi da a ɛto so 15 no yɛ Apata* Afahyɛ ma Yehowa, na nnanson na mode bedi.+ 35 Ɛda a edi kan no yɛ nhyiam kronkron, na ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 36 Momfa nnanson mmɔ afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa. Ɛda a ɛto so awotwe no yɛ nhyiam kronkron ma mo,+ na mommɔ afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa. Ɛyɛ nhyiam titiriw. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.

37 “‘Eyinom ne Yehowa afahyɛ ahorow+ a ɛsɛ sɛ mobɔ no dawuru sɛ ɛyɛ nhyiam kronkron+ a mobɛbɔ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa: ɔhyew afɔre+ ne aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ sɛnea wɔahyehyɛ ama da biara. 38 Eyinom nyinaa akyi no, mode afɔre a mobɛbɔ no Yehowa home nna,+ mo akyɛde,+ mo bɔhyɛ afɔre,+ ne mo ayamye afɔre+ a mode bɛma Yehowa no nso bɛba. 39 Nanso bosome a ɛto so ason no da a ɛto so 15, bere a moaboaboa mo asaase so nnɔbae ano no, munni Yehowa afahyɛ no nnanson.+ Ɛda a edi kan ne da a ɛto so awotwe no, ɛsɛ sɛ mohome koraa.+ 40 Ɛda a edi kan no, mompɛ nnua fɛfɛ so aba ne berɛw+ ne dua mmaa a ahaban wɔ so kusuu ne nsuano nnua, na munni ahurusi+ nnanson wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim.+ 41 Ɛyɛ Yehowa afahyɛ a ɛsɛ sɛ mudi no nnanson afe biara.+ Eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu; bosome a ɛto so ason mu na munni afahyɛ yi. 42 Montenatena apata ase nnanson.+ Ɛsɛ sɛ Israel man mma nyinaa tenatena apata ase, 43 sɛnea ɛbɛyɛ a mo nkyirimma behu+ sɛ bere a miyii Israelfo fii Egypt asaase so no, apata ase na mema wɔtenatenae.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”

44 Ɛnna Mose kaa Yehowa afahyɛ ahorow no ho asɛm kyerɛɛ Israelfo no.

24 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmma wo ngo kurennyenn a efi ngodua mu; ɛno na wɔde begu nkanea no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi so daa a ɛrennum.+ 3 Nkanea a esisi ahyiae ntamadan no mu wɔ ntwamutam a ɛsɛn baabi a Adanse Adaka no wɔ akyi no, Aaron nhwɛ mma wɔnsɔ, na ɔnhwɛ sɛ daa ebesi so afi anwummere akosi anɔpa wɔ Yehowa anim. Ɛyɛ ahyɛde a mubedi so daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu. 4 Kaneadua+ a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ no, ɔnhwɛ sɛ ɛso nkanea no bɛyɛ adwuma daa wɔ Yehowa anim.

5 “Fa esiam muhumuhu tõ paanoo 12 a wɔayɛ no sɛ nkawa. Fa esiam efa nkyem du mu abien* tõ paanoo no biara. 6 Yɛ no akuw abien wɔ sika kɔkɔɔ pon no so wɔ Yehowa anim;+ fa asia toto so wɔ ɔfã ha, na fa asia nso toto so wɔ ɔfã ha.+ 7 Fa ɛhyɛ* papa gu kuw biara so, na ebegyina hɔ* ama afɔre a wɔde paanoo rebɔ no,+ na ɛbɛyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa. 8 Homeda biara ɔmfa mmesi Yehowa anim.+ Ɛyɛ apam a me ne Israelfo ayɛ de kosi daa. 9 Ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea,+ na ma wonni wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ efisɛ ɛyɛ ade kronkron paa a efi afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no mu. Ɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa.”

10 Ná Israelni bea bi wɔ ɔbabarima wɔ Israelfo mu a ne papa yɛ Egyptni.+ Bere bi, saa aberante no ne Israelni barima bi koe wɔ asoɛe hɔ. 11 Aberante a ne maame yɛ Israelni yi fii ase domee dinkɛse no,*+ na ɔkaa ho abususɛm. Enti wɔde no brɛɛ Mose.+ Ná ne maame no din de Selomit, na na ɔyɛ Dibri a ofi Dan abusuakuw mu no babea. 12 Wɔde aberante no too dan mu twɛn gyinae a Yehowa besi wɔ asɛm no ho.+

13 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 14 “Fa nea ɔdomee me din no bra asoɛe no akyi. Afei wɔn a wɔtee nea ɔkae no nyinaa mfa wɔn nsa ngu ne ti so, na asafo no nyinaa nsiw no abo.+ 15 Na ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, wayɛ bɔne na obenya ne bɔne so akatua. 16 Enti nea waka Yehowa din ho abususɛm no, ɛsɛ sɛ wokum no.+ Ɛsɛ sɛ asafo no nyinaa siw no abo. Obiara a ɔbɛkasa atia dinkɛse no, ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu oo, kuromanni oo, wonkum no.

17 “‘Sɛ obi kum onipa* a, ɔno nso ɛsɛ sɛ wokum no.+ 18 Obiara a ɔbɛbɔ afieboa bi ama wawu no,* ɔnhyɛ anan; nkwa nsi nkwa ananmu.* 19 Sɛ obi pira ne yɔnko nipa a, nea ɔde yɛɛ no no, wɔnyɛ ɔno nso bi.+ 20 Nea abu nsi nea abu ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu. Sɛnea opiraa ne yɔnko no, wompira no saa ara.+ 21 Nea obekum aboa no, ɔnhyɛ anan,+ nanso nea obekum onipa de, wonkum no bi.+

22 “‘Ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu oo, kuromanni oo, mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa,+ efisɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”

23 Afei Mose ne Israelfo no kasae, na wɔde nea ɔdomee Onyankopɔn din no baa asoɛe no akyi besiw no abo.+ Enti Israelfo yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.

25 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ mudu asaase a mede rema mo no so a,+ momma asaase no nhome mma Yehowa.+ 3 Momfa mfe asia nnua mo afuw mu aba na monyɛ mo bobefuw* ho adwuma, na mommoaboa asaase no so nnɔbae ano.+ 4 Nanso afe a ɛto so ason no, munnyaw asaase no mma ɛnhome koraa; ɛyɛ ɔhome afe ma Yehowa. Ɛnsɛ sɛ mudua aba biara anaa moyɛ mo bobefuw ho adwuma. 5 Sɛ hwiit* a aka wɔ asaase no so dedaw no fifi anaa sɛ asaase no sow bobe a obiara anyɛ ho adwuma a, ɛnsɛ sɛ mutwa. Afe mu no nyinaa munnyaw asaase no na ɛnhome. 6 Aduan a ɛno ara befifi asaase no so bere a ɛrehome no de, mubetumi adi, mo ne mo nkoa, mo mfenaa, mo apaafo, ahɔho a wɔatu abɛtena mo nkyɛn ne wɔn a wɔabɛsoɛ mo mu, 7 ne mo afieboa ne wuram mmoa a wɔwɔ mo asaase no so. Mubetumi adi biribiara a ebefifi asaase no so.

8 “‘Monkan ɔhome afe ason, mfe ason ahorow ason, na ɔhome afe ason no dodow bɛyɛ mfe 49. 9 Bosome a ɛto so ason no da a ɛto so du no, momma wɔmmɔ abɛn denneennen. Sɛ Mpata Da+ du a, momma wɔmmɔ abɛn no mma wɔnte wɔ mo asaase so baabiara. 10 Monyɛ afe a ɛto so 50 no afe kronkron, na mommɔ dawuru mma asaase no sofo nyinaa nnya ahofadi.+ Ɛbɛyɛ Ahofadi Afe ama mo, na obiara nsan nkɔ n’agyapade so na obiara nsan nkɔ n’abusuafo nkyɛn.+ 11 Afe a ɛto so 50 no bɛyɛ Ahofadi Afe ama mo. Ɛnsɛ sɛ mudua aba biara, na aba a ɛno ara befifi asaase no so anaa bobe a obiara anyɛ ho adwuma a ɛbɛsow no, ɛnsɛ sɛ mutwa.+ 12 Ɛbɛyɛ Ahofadi Afe, na ɛbɛyɛ afe kronkron ama mo. Aba a ɛno ara befifi wɔ asaase no so na mubetumi adi.+

13 “‘Sɛ Ahofadi Afe yi du a, mo mu biara nsan nkɔ n’agyapade so.+ 14 Sɛ motɔn agyapade bi ma mo yɔnko nipa anaa motɔ biribi fi ne hɔ a, monhwɛ na obiara ansisi ne yɔnko.+ 15 Wobɛhwɛ mfe dodow a atwam fi Ahofadi Afe no so na woatɔ agyapade afi wo yɔnko hɔ, na ɔno nso bɛhwɛ mfe dodow a wode betwa so aba na watɔn ama wo.+ 16 Sɛ mfe a aka ama Ahofadi Afe no adu no dɔɔso a, ɛsɛ sɛ ɔma ne bo kɔ soro, na sɛ aka mfe kakraa bi a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔtew bo no so, efisɛ nnɔbae a wubenya wɔ so ho bo na ɔregye wo. 17 Obiara nnsisi ne yɔnko;+ munsuro mo Nyankopɔn,+ efisɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.+ 18 Sɛ mudi m’ahyɛde so na mode m’atemmusɛm bɔ mo bra a, mobɛtena asaase no so dwoodwoo.+ 19 Asaase no bɛma ne nnɔbae,+ na mubedidi amee atena so dwoodwoo.+

20 “‘Nanso ebia mobɛka sɛ: “Sɛ yɛannua aba biara ammoaboa nnɔbae ano a, dɛn na yebedi wɔ afe a ɛto so ason no mu?”+ 21 Mɛma me nhyira aba mo so afe a ɛto so asia no mu, na asaase no bɛsow mfe abiɛsa nnɔbae.+ 22 Mubedua aba wɔ afe a ɛto so awotwe no mu, na aduan a ɛwɔ hɔ dedaw na mubedi akosi afe a ɛto so akron no. Enkosi sɛ foforo no bɛsow ama moatwa no, mobɛkɔ so adi dedaw no.

23 “‘Ɛnsɛ sɛ motɔn asaase no korakora,+ efisɛ asaase no yɛ me dea.+ M’ani so de, moyɛ ahɔho ne atubrafo.+ 24 Asaase a mobɛtena so nyinaa, ɛsɛ sɛ moma asaase wura biara kwan ma ɔsan tɔ n’asaase.

25 “‘Ohia nti sɛ ɛba sɛ wo nua bi tɔn n’agyapade bi a, ne busuani a ɔbɛn no nso mmɛtɔ nea ne nua no atɔn no.+ 26 Nanso sɛ onni busuani biara a obetumi asan atɔ, na akyiri yi biribi ba ne nsam a obetumi de atua ka a, 27 ɔnsese mfi afe a ɔtɔnee no na ɔmfa sika a aka biara mma nea ɔtɔɔ agyapade no, na ɔnsan mfa n’ade.+

28 “‘Nanso sɛ onni sika a ɔbɛsan de atɔ n’agyapade no a, ɛbɛkɔ so atena nea ɔtɔe no hɔ akosi Ahofadi Afe no.+ Ahofadi Afe no du a, n’agyapade no bɛsan abedi ne nsam.+

29 “‘Sɛ obi tɔn ofi wɔ kurow a wɔato ho fasu mu a, efi da a ɔtɔn wiei kosi n’afe so no, ɔwɔ hokwan sɛ ɔsan tɔ n’ade. Afe baako na ɔwɔ hokwan sɛ obetumi abetua ka asan agye n’ade.+ 30 Nanso sɛ wantumi antɔ na afe so a, ofi a ɛwɔ kurow a wɔato ho fasu mu yi bɛyɛ nea ɔtɔe no dea korakora wɔ n’awo ntoatoaso nyinaa mu. Sɛ Ahofadi Afe no du mpo a, ɛremfi ne nsam. 31 Nanso afi a ɛwowɔ nkurow a enni afasu mu no de, ɛsɛ sɛ wobu no sɛ mfusaase. Hokwan a ofi no wura wɔ sɛ ɔsan tɔ n’ade no rentwam, na sɛ Ahofadi Afe no du a, ɛsɛ sɛ wɔsan de ma no.

32 “‘Lewifo afi a ɛwowɔ wɔn nkurow mu no de,+ sɛ wɔtɔn a, hokwan a wɔwɔ sɛ wɔsan tɔ wɔn ade no rentwam da. 33 Sɛ ɛba sɛ Lewifo no bi ansan antɔ ne fi a watɔn wɔ wɔn nkurow no bi mu a, ɛnde sɛ Ahofadi Afe no so a, ɛsɛ sɛ wɔsan de n’ade ma no.+ Efisɛ Lewifo afi a ɛwowɔ wɔn nkurow mu no ne agyapade a wɔde ama wɔn wɔ Israel.+ 34 Afei nso, wɔn nkurow ho mfikyisaase a mmoa bedidi so+ no de, wɔrentumi ntɔn, efisɛ ɛyɛ agyapade a wɔde ama wɔn afebɔɔ.

35 “‘Sɛ ohia nti wo nua ho kyere no a, boa no+ sɛnea wobɛboa ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu ne nea watu abɛtena mo nkyɛn,+ na watumi atena nkwa mu wɔ wo nkyɛn. 36 Nnye no nsiho na nhwehwɛ ne ho mfaso bɔne.+ Suro wo Nyankopɔn+ na wo nua no atena nkwa mu wɔ wo nkyɛn. 37 Woma no sika a, nnye nsiho,+ na woma no aduan a, mfa mpɛ mfaso. 38 Mene Yehowa mo Nyankopɔn, na me na miyii mo fii Egypt asaase so+ sɛ mede Kaanan asaase bɛma mo na ama moahu sɛ mene mo Nyankopɔn.+

39 “‘Sɛ ohia ka wo nua na ɔtɔn ne ho ma wo a,+ nhyɛ no mma ɔnnyɛ nkoadwuma.+ 40 Yɛ no sɛnea wobɛyɛ ɔpaani+ anaa ɔhɔho a watu abɛtena wo nkyɛn. Ma ɔnsom wo nkosi sɛ Ahofadi Afe no bedu. 41 Afei ɔne ne mma* nyinaa mfi wo nkyɛn nkɔ n’abusuafo hɔ, na ɔnsan nkɔfa agyapade a n’agyanom gyaw maa no no.+ 42 Wɔyɛ me nkoa a miyii wɔn fii Egypt asaase so.+ Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho sɛnea wɔtɔn nkoa. 43 Ntan n’ani;+ suro wo Nyankopɔn.+ 44 Sɛ wopɛ akoa anaa afenaa a, kɔ aman a atwa mo ho ahyia no mu. Wɔn nkyɛn na ɛsɛ sɛ motɔ akoa anaa afenaa biara. 45 Afei nso, mubetumi atɔ ahɔho a wɔabɛsoɛ mo mu no bi+ mma anaa abusuafo a wɔanya wɔn wɔ mo asaase so no bi, na wɔabɛyɛ mo agyapade. 46 Wɔyɛ agyapade a mubetumi agyaw ama mo mma na wɔayɛ wɔn dea daa. Mubetumi ama wɔayɛ adwuma ama mo, na mo nuanom Israelfo de, monhwɛ na moantan wɔn ani.+

47 “‘Nanso ɛba sɛ biribi ba ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu anaa nea watu abɛtena mo nkyɛn no nsam na ohia nti wo nua tɔn ne ho ma ɔhɔho anaa nea watu abɛtena mo nkyɛn anaa ɔhɔho no busuani bi a, 48 ne tɔn akyi no, hokwan wɔ hɔ sɛ wɔsan gye no. Ne nuanom mu baako betumi asan atɔ no.+ 49 Ne papa nua anaa ne papa nua ba anaa ne busuani biara a ɔbɛn no* betumi asan atɔ no.

“‘Sɛ nso biribi ba ɔno ankasa nsam a, obetumi atua ka atɔ ne ho.+ 50 Ɔne nea ɔtɔɔ no no nsese mfi bere a ɔtɔɔ no no nkosi bere a Ahofadi Afe no bedu,+ na mfe dodow a ɛwom no na ɛbɛkyerɛ ne bo.+ Ɔnyɛ no sɛnea ɔyɛ ɔpaani a ɔyɛ adwuma ma no.+ 51 Sɛ mfe a aka no dɔɔso a, ɛnde ɔnhwɛ nea aka no ho na ontua sika a wɔde tɔɔ no no bi mma nea ɔtɔɔ no no mfa nnye ne ho. 52 Sɛ nso aka mfe kakraa bi na Ahofadi Afe no adu a, ɛnde ɔnsese nea aka no. Na ɔnhwɛ mfe a aka no ho ntua sika mma nea ɔtɔɔ no no mfa nnye ne ho. 53 Ma ɔne no nyɛ adwuma afe afe te sɛ ɔpaani. Monhwɛ na ne wura no antan n’ani.+ 54 Nanso sɛ wantumi amfa saa kwan yi so antɔ ne ho a, Ahofadi Afe no du a,+ ɔne ne mma* bɛde wɔn ho.

55 “‘Me nkoa ne Israelfo no. Wɔyɛ me nkoa a miyii wɔn fii Egypt asaase so.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

26 “‘Monnyɛ anyamehunu,+ ahoni a wɔasen,+ anaa abosom adum biara. Na mommfa ɔbo nnsen ohoni+ biara nnsi mo asaase so nnsom no,+ efisɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn. 2 Monhwɛ nni me home nna, na munni me tenabea kronkron no ni.* Mene Yehowa.

3 “‘Sɛ mokɔ so di m’ahyɛde ne me mmara so na moyɛ ne nyinaa a,+ 4 me nso mɛma osu atɔ wɔ ne bere mu,+ na asaase no bɛma ne nnɔbae,+ na wuram nnua asow aba pii. 5 Mobɛporow mo hwiit ara kosi bere a mobɛtetew bobe aba, na mobɛtetew bobe aba ara kosi bere a mubedua ade bio; mubedidi amee na moatena mo asaase so dwoodwoo.+ 6 Mɛma asomdwoe aba asaase no so,+ na mobɛda a obiara renhunahuna mo.+ Mɛhwɛ sɛ aboa bɔne biara remma asaase no so, na obiara rentwe sekan wɔ mo so. 7 Mubetiw mo atamfo na mode sekan akunkum wɔn. 8 Mo mu baanum betiw nnipa 100, na mo mu 100 atiw 10,000, na mode sekan bekunkum mo atamfo.+

9 “‘Mehyira mo,* na mɛma moawo ama mo ase atrɛw,+ na medi apam a me ne mo ayɛ no so.+ 10 Bere a mugu so redi afe a atwam no nnɔbae no, na nnɔbae foforo aba a ɛsɛ sɛ muyi dedaw no fi hɔ de hyɛ anan. 11 Na mede me som ntamadan besi mo mu,+ na merempo* mo. 12 Me ne mo bɛnantew na mayɛ mo Nyankopɔn,+ na mo nso moayɛ me man.+ 13 Mene Yehowa mo Nyankopɔn a miyii mo fii Egypt nkoasom mu no. Me na mibubuu mo kɔndua mu ma mutumi nyaa ahofadi.*

14 “‘Nanso sɛ moantie me anyɛ nea mahyɛ mo yi nyinaa,+ 15 na mopo m’ahyɛde,+ na sɛ m’atemmusɛm nso mubu* no animtiaa, na moanni me mmara nyinaa so na mubu m’apam so a,+ 16 ɛnde me nso mɛyɛ nea edi so yi: Nea mede bɛtwe mo aso ne ahoyeraw, nsamanwaw, ne atiridii, na mo aniwa asɛe na moahodwow.* Mubedua aba nanso ɛbɛyɛ adwumahunu, efisɛ mo atamfo na wobedi.+ 17 Mɛma m’ani asa mo, na mubedi nkogu wɔ mo atamfo anim.+ Wɔn a wokyi mo betiatia mo so,+ na mubeguan bere a obiara ntaa mo so.+

18 “‘Na sɛ eyinom nyinaa akyi moantie m’asɛm a, ɛnde mo bɔne no nti, mɛma mo asotwe no abu abɔ ho mpɛn ason. 19 Metutu mo ahomaso no ase, na mɛma ɔsoro ayɛ sɛ dade ama mo+ na mo asaase ayɛ sɛ kɔbere. 20 Mobɛsɛe mo ahoɔden kwa, efisɛ mo mfuw remma ne nnɔbae+ na asaase no so nnua rensow aba.

21 “‘Na sɛ mokɔ so ko tia me na moantie me a, mo bɔne no nti, mɛma ɔhaw a mede bɛba mo so no abu abɔ ho mpɛn ason. 22 Mɛma wuram mmoa bɔne aba mo so+ na wɔakunkum mo mma+ ne mo afieboa, na mo dodow so bɛtew, na mo mmɔnten so bɛda mpan.+

23 “‘Nanso sɛ eyinom nyinaa akyi moannye me nteɛso antom,+ na mokɔ so ko tia me a, 24 ɛnde me nso me ne mo bɛko, na mo bɔne nti mɛtwe mo aso mpɛn ason. 25 Sɛ mubu m’apam so a, mede sekan bɛba mo so abetua mo ka.+ Na sɛ muguan kɔ mo nkurow mu a, mɛma ɔyare atew asi mo mu,+ na wɔde mo ahyɛ ɔtamfo nsa.+ 26 Sɛ mema paanoo* ho yɛ den ma mo* a,+ nea ɛbɛba ne sɛ mmea du bɛtõ paanoo wɔ fononoo baako pɛ mu, na wɔbɛkari paanoo ama mo;+ mubedidi nso moremmee.+

27 “‘Na eyi akyi nso moantie me na mokɔ so ko tia me a, 28 ɛnde mɛma m’abufuw no ayɛ kɛse wɔ mo so,+ na mo bɔne nti, mɛtwe mo aso mpɛn ason. 29 Mobɛwe mo mma mmarima ne mo mma mmea nam.+ 30 Mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea*+ ne nneɛma a wɔde hyew aduhuam, na mede mo afunu agu mo abosom fĩ* no afunu so.+ Mo ho bɛyɛ me* abofono ama matwe me ho afi mo ho.+ 31 Mede mo nkurow bɛma sekan+ na masɛe mo kronkronbea, na m’ani rennye mo afɔre huamhuam* ho bio. 32 Me ara mɛma asaase no ada mpan,+ na mo atamfo a wɔbɛba abɛtena so no ho bedwiriw wɔn.+ 33 Na mɛbɔ mo ahwete amanaman mu+ na matwe sekan adi mo akyi.+ Mo asaase bɛsɛe+ na mo nkurow adan amamfo.

34 “‘Sɛ mokɔ mo atamfo man so na mo asaase da mpan a, asaase no bɛhome de atew home nna a ɛkaa mu no nyinaa. Saa bere no, asaase no bɛhome* de atua home nna a ɛkaa mu no nyinaa ho ka.+ 35 Nna a ɛbɛda mpan nyinaa ɛbɛhome, efisɛ bere a mote so no, sɛ edu mo home nna a ɛsɛ sɛ asaase no home a, ɛnhome.

36 “‘Na wɔn a wɔbɛka no,+ mɛma wɔn koma atu wɔ wɔn atamfo nsaase so, na ahaban mpo yɛ kyekyerɛ a, wobeguan te sɛ nea sekan di wɔn akyi, na wɔbɛhwehwe ase bere a obiara ntaa wɔn so.+ 37 Bere a obiara ntaa wɔn so mpo no, wobebubu afa so atiatia wɔn ho te sɛ nea wɔreguan afi sekan ano. Morentumi nnyina mo atamfo anim.+ 38 Mubewuwu wɔ amanaman no mu,+ na mo atamfo asaase bɛmene mo. 39 Mo bɔne nti, wɔn a wɔbɛka no bɛsɛe wɔ mo atamfo asaase so.+ Wɔn agyanom bɔne nti, wɔbɛsɛe.+ 40 Afei wɔbɛka wɔn ankasa bɔne+ ne wɔn agyanom bɔne ne wɔn asoɔden, na wobegye atom sɛ wɔyɛɛ asoɔden ne me koe.+ 41 Enti me nso me ne wɔn bɛko+ na mede wɔn akɔ wɔn atamfo asaase so.+

“‘Ebia saa bere yi de, wɔbɛma wɔn koma a wontwaa no twetia* no abrɛ ase+ na wɔanya wɔn bɔne so akatua. 42 Na mɛkae apam a me ne Yakob yɛe,+ ne apam a me ne Isak yɛe,+ ne apam a me ne Abraham yɛe no,+ na mɛkae asaase no. 43 Sɛ asaase no dan amamfo na wɔnte so bio a, asaase no bɛhome de atew home nna a ɛkaa mu no nyinaa,+ na wobenya wɔn bɔne so akatua, efisɛ wɔapo m’atemmusɛm, na m’ahyɛde nso wɔabu* no animtiaa.+ 44 Nanso eyi nyinaa akyi no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfo asaase so mpo a, merempo wɔn korakora na merentow wɔn nkyene koraa+ mma wɔn ase nhyew. Merenyɛ saa na mammu apam a me ne wɔn ayɛ no so,+ efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. 45 Wɔn nti mɛkae apam a me ne wɔn nananom yɛe no;+ miyii wɔn nananom fii Egypt asaase so wɔ amanaman no anim+ de kyerɛe sɛ meyɛ wɔn Nyankopɔn. Mene Yehowa.’”

46 Eyinom ne ahyɛde, atemmusɛm, ne mmara a Yehowa nam Mose so de maa Israelfo wɔ Sinai Bepɔw so.+

27 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:2 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ obi hyɛ bɔ titiriw bi+ sɛ obetua obi* ti ade ama Yehowa sɛnea ɛbo a wɔatwa ato hɔ no te a, 3 ɔbarima a wadi mfe 20 kosi 60 bo bɛyɛ nnwetɛbona* 50, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.* 4 Na sɛ ɔyɛ ɔbea a, ɛbo no bɛyɛ nnwetɛbona 30. 5 Sɛ ɔyɛ ɔbarima a wadi mfe 5 kosi 20 a, ɛbo no bɛyɛ nnwetɛbona 20, na ɔyɛ ɔbea nso a, nnwetɛbona 10. 6 Sɛ ɔyɛ ɔbarima a wadi bosome baako kosi mfe anum a, ɛbo no bɛyɛ nnwetɛbona anum, na ɔyɛ ɔbea nso a, nnwetɛbona abiɛsa.

7 “‘Sɛ wadi mfe 60 ne akyi na ɔyɛ ɔbarima a, ɛbo no bɛyɛ nnwetɛbona 15, na ɔbea nso nnwetɛbona 10. 8 Nanso sɛ ahia nea wahyɛ bɔ no na ne nsa nso bo a wɔatwa ato hɔ no so a,+ ɔmfa onipa no mmegyina ɔsɔfo no anim na ɔsɔfo no nkyerɛ ne bo. Ɛbo a nea wahyɛ bɔ no benya na ɔsɔfo no betwa ama no.+

9 “‘Sɛ ɔde aboa a wotumi de bɔ afɔre ma Yehowa na ahyɛ bɔ a, nea ɔde bɛma Yehowa biara bɛyɛ ade kronkron. 10 Ɔrentumi nsesa mfa nea eye nsi nea enye anan, na ɔrentumi mfa nea enye nsi nea eye anan. Na sɛ ɛba sɛ ɔde aboa foforo sesa nea ɔde ahyɛ bɔ no a, ɛnde mmoa abien no nyinaa bɛyɛ ade kronkron. 11 Nanso sɛ ɛyɛ aboa a ne ho ntew+ a wontumi mfa mmɔ afɔre mma Yehowa a, ɛnde ma ɔmfa aboa no mmegyina ɔsɔfo no anim. 12 Afei ɔsɔfo no nhwɛ sɛnea aboa no te, sɛ eye oo, sɛ enye oo, na ɔnkyerɛ ne bo. Nea ɔsɔfo no bɛka na ɛbɛyɛ ne bo. 13 Ɛba sɛ nea ɔhyɛɛ bɔ no pɛ sɛ ɔsan tɔ n’ade bio a, wɔbɛkyɛ ne bo no mu anum ama watua emu baako aka ne bo no ankasa ho.+

14 “‘Sɛ obi hyira ne fi so ma Yehowa sɛ ade kronkron a, ɔsɔfo no nhwɛ sɛnea ofi no te, sɛ eye oo, sɛ enye oo, na ɔnkyerɛ ne bo. Nea ɔsɔfo no bɛka na ɛbɛyɛ ne bo.+ 15 Nanso sɛ nea wahyira ne fi so no pɛ sɛ ɔsan tɔ bio a, wɔbɛkyɛ ne bo no mu anum ama watua emu baako aka ne bo no ankasa ho. Afei ɛbɛsan abedi ne nsam.

16 “‘Sɛ obi twa n’asaase fã bi hyira so ma Yehowa a, aba dodow a wobetumi adua wɔ so na ɛbɛkyerɛ ne bo: Sɛ ɛyɛ baali* a, homar susude* baako biara bɛyɛ nnwetɛbona 50. 17 Sɛ Ahofadi Afe+ no mu ara na ohyiraa n’asaase no so a, ɛbo a wɔatwa ato so no ara na obetua. 18 Sɛ Ahofadi Afe no akyi na ohyiraa n’asaase no so a, ɔsɔfo no nhwɛ mfe a aka ansa na Ahofadi Afe asan adu na ɔmfa nsese ne bo. Ɔbɛhwɛ mfe a aka no na watew ne bo so.+ 19 Na sɛ nea ohyiraa asaase no so no pɛ sɛ ɔsan tɔ a, ɛnde wɔnkyɛ ne bo no mu anum na ontua mu baako nka ne bo no ankasa ho. Afei ɛbɛsan abedi ne nsam. 20 Nanso sɛ wansan antɔ asaase no na wɔtɔn ma obi foforo a, ɔrentumi nsan ntɔ bio. 21 Edu Ahofadi Afe no a, asaase no bɛyɛ ade kronkron a wɔahyira so ama Yehowa. Ɛbɛyɛ asɔfo no agyapade.+

22 “‘Sɛ obi hyira asaase bi so ma Yehowa na ɛnyɛ n’ankasa agyapade, na mmom ɔtɔe a,+ 23 ɛnde ɔsɔfo no nsese mfi saa bere no nkosi Ahofadi Afe no so na ɔnkyerɛ ne bo mma ontua no saa da no ara.+ Ɛyɛ ade kronkron ma Yehowa. 24 Ahofadi Afe no du a, asaase no bɛsan akodi nea ɔtɔ fii ne hɔ no nsam; ɛbɛkɔ nea ɛyɛ n’agyapade no hɔ.+

25 “‘Ɛsɛ sɛ wɔsese biribiara bo sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Dwetɛbona biara yɛ gerah* 20.

26 “‘Aboa biara abakan de, ɛnsɛ sɛ obiara hyira so, efisɛ wɔwoo no sɛ abakan maa Yehowa.+ Enti nantwi oo, oguan oo, ɛyɛ Yehowa dea dedaw.+ 27 Na aboa a ne ho ntew abakan de, sɛ ne wura no pɛ sɛ ɔsan tɔ a, ontua ɛbo a wɔatwa ato hɔ no, na ɔmfa ɛbo no nkyem anum mu baako nka ho.+ Na sɛ wantɔ a, ɛnde wɔntɔn no sɛnea ne bo te.

28 “‘Nanso sɛ obi yi n’agyapade bi si hɔ sɛ ɔde ama* Yehowa korakora a, ɛyɛ onipa oo, aboa oo, n’asaase oo, obiara rentumi ntɔn, na ɔrentumi nnye bio nso. Biribiara a wɔayi asi hɔ no yɛ ade kronkron paa ma Yehowa.+ 29 Afei nso, sɛ woyi obi si nkyɛn* sɛ wonkum no a, obiara rentumi ntua ne ti ade nnye no.+ Ɛsɛ sɛ wokum no ɔkwan biara so.+

30 “‘Asaase so nnɔbae ne dua so aba nyinaa mu ntotoso du du*+ yɛ Yehowa dea. Ɛyɛ nneɛma kronkron ma Yehowa. 31 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsan tɔ nkyem du mu baako no a, ɛnde ontua ne bo no na ɔmfa ɛbo no nkyem anum mu baako nsan nka ho. 32 Nantwi oo, oguan oo, biribiara a ɛfa oguanhwɛfo poma ase no, nea ɛto so du biara bɛyɛ ade kronkron ama Yehowa. 33 Ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ eye anaa enye, na ɛnsɛ sɛ ɔde aboa foforo sesa. Ɛba sɛ ɔde aboa foforo sesa a, ɛnde ɛno ne nea ɔde sesae no nyinaa bɛyɛ nneɛma kronkron.+ Ɔrentumi nsan ntɔ bio.’”

34 Eyinom ne ahyɛde a Yehowa de maa Mose sɛ ɔmfa mma Israelfo wɔ Sinai Bepɔw so.+

Nt., “Israel mma.”

Anaa “asaabo no ho srade.”

Anaa “ne nnyawa.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “asaabo no ho srade.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “ɔkra bi.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “na ɛnyɛ nkae ade.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “na ɛnyɛ nkae ade.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “na ɛnyɛ nkae ade.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Nt., “paanoo,” kyerɛ sɛ, asomdwoe afɔre no fã a ɛyɛ Onyankopɔn dea.

Nt., “paanoo,” kyerɛ sɛ, asomdwoe afɔre no fã a ɛyɛ Onyankopɔn dea.

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “ɔkra bi.”

Nt., “ntanka nne.” Ebetumi aba sɛ na ɛyɛ amanneɛbɔ bi a wɔde to gua bere a obi ayɛ bɔne no, na wɔka ka ho sɛ nnome nka ɔbɔnefo no anaa obi a onim asɛm no ho biribi nso ɔmmɛka.

Anaa “ɔkra bi.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ mmoa nketenkete a wɔbom sɛ kuw.

Anaa “ɔkra bi.”

Ebetumi aba sɛ adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ wanni ntam a ɔkae no so.

Efa nkyem du mu baako yɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “na ɛnyɛ nkae ade.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “obi anni nokware na ɔyɛ.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛnea wobu dwetɛbona kronkron ano no.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “twakoto.”

Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “na ɛnyɛ nkae ade.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “ɛbɛka afɔrebɔde.”

Efa nkyem du mu baako yɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Ebetumi nso akyerɛ, “nea ɔrebɛbɔ afɔre no.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “Ɔkra biara.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “wontwa saa ɔkra no mfi ne nkurɔfo mu nkyene.”

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “wontwa saa ɔkra no mfi ne nkurɔfo mu nkyene.”

Anaa “wontwa saa onipa no mfi ne nkurɔfo mu nkyene.”

Anaa “Ɔkra biara.”

Anaa “wontwa saa onipa no mfi ne nkurɔfo mu nkyene.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bɛlt.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ahemmotiri kronkron.”

Anaa “kyekyeree.”

Nt., “de dwiraa afɔremuka no ho fii bɔne ho.”

Anaa “asaabo no ho srade.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Nt., “asɔfohyɛ guan.”

Nt., “asɔfohyɛ kɛntɛn.”

Nt., “bɛhyɛ mo nsa ma.”

Anaa “awo ntoatoaso.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ mmoa nketenkete a wɔbom sɛ kuw.

Anaa “akra.”

Anaa “Ntuboa.”

Mmoa no bi ne gyata, osisi, ne pataku.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mo kra.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “akra.”

Anaa “akra.”

Anaa “fa afuru.”

Anaa “wontwa abofra no dua.”

Nt., “ne honam were.”

Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “kwata” no kyerɛ nneɛma pii; ebetumi akyerɛ honam ani nyarewa ahorow a etumi san. Ebetumi nso ayɛ nneɛma a ɛtotɔ ntaade mu anaa adan ho.

Anaa “nea atɔ ne ho.”

Anaa “ne mprenu so.”

Anaa “ne yare no nyɛ nsanyare.”

Nt., “honam were.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Efa nkyem du mu abiɛsa yɛ lita 6.6 (ɛrekɔ olonka abiɛsa). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “lɔg susude.” Lɔg baako yɛ lita 0.31. Hwɛ Nkh. B14.

Efa nkyem du mu baako yɛ lita 2.2 (ennu olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “wadwira ofi no ho afi bɔne ho.”

Nt., “nnwira ofi no ho mfi bɔne ho.”

Nt., “ɔbarima honam mu.”

Anaa “ne dua.”

Anaa “twakoto.”

Ebetumi aba sɛ ɛkyerɛ “Apɔnkye a Wonhu N’akyi Kwan Bio.”

Anaa “ɔbarima a wayɛ krado no.”

Nt., “Ɔmfa nsu nguare ne honam.”

Anaa “momma mo kra nni awerɛhow.” “Awerɛhow” a wɔreka ho asɛm wɔ ha no, nkurɔfo te ase sɛ, obi de nneɛma bi bɛkame ne ho, na wakyen ne ho kɔm mpo.

Anaa “mo kra di.”

Nt., “wɔbɛhyɛ ne nsa ma.”

Anaa “wobetwa no afi ne man mu.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Nt., “wɔbɔ afɔre ma mpɔnkye no.”

Anaa “wobetwa no afi ne man mu.”

Anaa “ɔkra a.”

Anaa “metwa no afi ne man mu.”

Anaa “kra.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “mo mu ɔkra biara.”

Anaa “kra.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “kra.”

Anaa “wobetwa no afi ne man mu.”

Anaa “Ɔkra biara.”

Nt., “anguare ne honam.”

Nt., “koyi ne busuani adagyaw so.”

Nt., “Ɛyɛ wo papa adagyaw.”

Nt., “Nyi wo papa nuabarima no adagyaw so.”

Nt., “efisɛ ɛyɛ wo nua adagyaw.”

Anaa “aniwude; atantanne.”

Anaa “wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu.”

Nt., “osuro.”

Anaa “Wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “mmɔborɔwafo.”

Anaa “Mfrɛ mmusu mma obi a n’aso asiw so.”

Nt., “mogya.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Sɛ wuhu sɛ wo yɔnko nkwa da asiane mu a, nyi w’ani nto nkyɛn.”

Anaa “te sɛ obi a wontwaa ne dua.”

Nt., “wontwaa no twetia.”

Anaa “Munntwitwa.”

Anaa “ɔkra.” Hebri asɛmfua ne′phesh a ɛwɔ ha no kyerɛ obi a wawu.

Anaa “tatuu.”

Nt., “munsuro me tenabea kronkron.”

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Nt., “efa ne hin susude.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “matwa no afi ne man mu.”

Anaa “metwa wɔn afi wɔn man mu.”

Anaa “Ɔkra biara.”

Nt., “ne wɔn akɔbɔ aguaman.”

Anaa “metwa saa ɔkra no afi ne man mu.”

Anaa “ɔbɛfrɛ mmusu aba ne papa anaa ne maame so.”

Nt., “ayi ne papa adagyaw so.”

Anaa “aniwude; atantanne.”

Anaa “ɛsɛ sɛ wotwa wɔn fi hɔ.”

Nt., “Wayi ne nuabea adagyaw so.”

Anaa “ɛsɛ sɛ wotwa wɔn fi wɔn man mu.”

Nt., “wayi ne papa nuabarima adagyaw so.”

Nt., “Wayi ne nua adagyaw so.”

Anaa “mo kra ho.”

Anaa “ɔwɔ honhom a ɔde ka daakye nsɛm.”

Nt., “ɔkra a wawu.”

Anaa “aduan,” kyerɛ sɛ, afɔrebɔde no.

Nt., “wɔbɛhyɛ ne nsa ma.”

Anaa “ɔkra a wawu.” Hebri asɛmfua ne′phesh a ɛwɔ ha no ne Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “owu” no na ɛnam.

Nt., “n’aba.”

Nt., “W’aba.”

Nt., “anaa obi a ne hwene atwa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “obi a yare ama wafɔn ayɛ ketekete.”

Nt., “aba.”

Nt., “wɔntwe wɔn ho mfi ho.”

Anaa “wontwa ɔkra a ɔte saa no mfi m’anim.”

Anaa “aka ɔkra a wawu.”

Anaa “Ɔkra.”

Nt., “Abɔntensoni,” kyerɛ sɛ, obi a omfi Aaron abusua mu.

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “kɔware abɔntensoni.”

Nt., “abɔntensoni,” kyerɛ sɛ, obi a omfi Aaron abusua mu.

Nt., “paanoo.”

Nt., “anwummere abien no ntam.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Efa nkyem du mu abien yɛ lita 4.4 (bɛyɛ olonka baako ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Efa nkyem du mu abien yɛ lita 4.4 (bɛyɛ olonka baako ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “mmɔborɔwafo.”

Anaa “momma mo kra nni awerɛhow.” “Awerɛhow” a wɔreka ho asɛm wɔ ha no, nkurɔfo te ase sɛ, obi de nneɛma bi bɛkame ne ho, na wakyen ne ho kɔm mpo.

Anaa “Ɔkra biara.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wanyɛ akɔnkyen.”

Anaa “wobetwa no afi ne man mu.”

Anaa “ɔkra biara.”

Anaa “momma mo kra nni.”

Anaa “Asese.”

Efa nkyem du mu abien yɛ lita 4.4 (bɛyɛ olonka baako ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɛbɛyɛ nkae ade.”

Kyerɛ sɛ, edin Yehowa no, sɛnea nky. 15 ne 16 kyerɛ no.

Anaa “ɔkra bi.”

Anaa “Obiara a ɔbɛbɔ aboa bi kra ma wawu no.”

Anaa “ɔkra nsi ɔkra ananmu.”

Anaa “bobeturo.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Nt., “ne mma mmarima.”

Anaa “obiara a ɔne no yɛ mogya koro.”

Nt., “ne mma mmarima.”

Nt., “munsuro me tenabea kronkron.”

Nt., “Mɛhwɛ mo.”

Anaa “me kra rempo.”

Nt., “mutumi maa mo ti so nantewee.”

Anaa “mo kra bu.”

Anaa “mo kra ahodwow.”

Anaa “aduan.”

Nt., “mesɛe mo nnua.” Ebetumi aba sɛ ɛyɛ nnua a na wɔde paanoo sensɛn so de sie.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.

Anaa “me kra.”

Anaa “afɔre a edwudwo koma; afɔre a ahomeka wom.”

Anaa “asaase no bedi homeda.”

Anaa “komaden.”

Anaa “wɔn kra abu.”

Anaa “obetua ɔkra bi.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛnea wobu dwetɛbona kronkron ano no.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Homar baako yɛ lita 220 (bɛyɛ olonka 73). Hwɛ Nkh. B14.

Gerah baako yɛ gram 0.57. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wɔnsɛe no mma.”

Anaa “wotu obi si hɔ.”

Anaa “taet.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena