Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt nkr. 1163-1166
  • Hesekiel Nwoma No Mu Nsɛntitire

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hesekiel Nwoma No Mu Nsɛntitire
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Hesekiel Nwoma No Mu Nsɛntitire

HESEKIEL

EMU NSƐNTITIRE

  • 1

    • Hesekiel nyaa Onyankopɔn ho anisoadehunu wɔ Babilon (1-3)

    • Yehowa soro teaseɛnam no ho anisoadehunu (4-28)

      • Ahum, mununkum, ne egya (4)

      • Ateasefoɔ nnan (5-14)

      • Ntwahonan nnan (15-21)

      • Bamma a ɛpa yerɛyerɛ sɛ ahwehwɛboɔ (22-24)

      • Yehowa ahennwa (25-28)

  • 2

    • Wɔyii Hesekiel maa no bɛyɛɛ odiyifoɔ (1-10)

      • “Sɛ wɔtie oo, wɔantie oo” (5)

      • Wɔde nwoma mmobɔeɛ a awerɛhoɔ nnwom wom kyerɛɛ no (9, 10)

  • 3

    • Nwoma mmobɔeɛ a Onyankopɔn de maa Hesekiel no, ɔkaa sɛ ɔnwe (1-15)

    • Ɔyii Hesekiel sɛ ɔnyɛ ɔwɛmfoɔ (16-27)

      • Woammɔ kɔkɔ a wobɛdi mogya ho fɔ (18-21)

  • 4

    • Ɔyɛkyerɛ a ɛfa Yerusalem a wɔbɛka ahyem ho (1-17)

      • Ɔbɛsoa bɔne nnafua 390 ne nnafua 40 (4-7)

  • 5

    • Ɔsɛeɛ a ɛbɛba Yerusalem so ho ɔyɛkyerɛ (1-17)

      • Odiyifo no yii ne tiri nwi ne n’abɔdwesɛ kyɛɛ mu mmiɛnsa (1-4)

      • Yerusalem ho yɛ ahomete sene amanaman no (7-9)

      • Nneɛma mmiɛnsa a ɛbɛto atuatefoɔ no (12)

  • 6

    • Hyɛ nkɔm tia Israel mmepɔ (1-14)

      • Wɔbɛsɛe abosom fĩ no pasaa (4-6)

      • “Mobɛhu sɛ mene Yehowa” (7)

  • 7

    • Awieeɛ no aduru (1-27)

      • Mmusuo soronko (5)

      • Wɔbɛto sika agu mmɔnten so (19)

      • Wɔbɛgu asɔrefie no ho fĩ (22)

  • 8

    • Wɔde Hesekiel kɔɔ Yerusalem wɔ anisoadehunu mu (1-4)

    • Ɔhuu akyiwadeɛ wɔ asɔrefie hɔ (5-18)

      • Mmaa a wɔresu onyame Tamus (14)

      • Mmarima a wɔrekoto awia (16)

  • 9

    • Mmarima nsia a wɔrebɛsɛe adeɛ ne ɔbarima a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene (1-11)

      • Atemmuo no bɛfiri aseɛ afiri kronkronbea hɔ (6)

  • 10

    • Ɔyii gya firii ntwahonan no ntam (1-8)

    • Sɛdeɛ kerubim no ne ntwahonan no teɛ (9-17)

    • Onyankopɔn animuonyam firii asɔredan no mu (18-22)

  • 11

    • Ɔkaa atemmusɛm tiaa ɔman mpanimfoɔ abɔnefoɔ no (1-13)

      • Kuro no te sɛ dadesɛn (3-12)

    • Ɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛsan abɛsom no (14-21)

      • Wɔbɛnya “honhom foforɔ” (19)

    • Onyankopɔn animuonyam firii Yerusalem (22, 23)

    • Wɔde Hesekiel san kɔɔ Kaldea wɔ anisoadehunu mu (24, 25)

  • 12

    • Ɔyɛɛ ɔyɛkyerɛ de hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛkɔ akɔdi obi man so (1-20)

      • Boaboa wo nneɛma ano te sɛ deɛ woretu akɔ obi man so (1-7)

      • Ɔberempɔn bɛfiri adi anadwo (8-16)

      • Wɔde ahoyera bɛdi wɔn aduane na wɔde ehu anom nsuo (17-20)

    • Wɔn nsɛnkeka no nyɛ nokorɛ (21-28)

      • “M’asɛm biara renka akyire” (28)

  • 13

    • Hyɛ atorɔ adiyifoɔ no ho nkɔm (1-16)

      • Ɔfasuo a wɔaka ho akaadoo no bɛdwiri agu (10-12)

    • Mmaa a wɔhyɛ nkɔntorɔ no ho nkɔmhyɛ (17-23)

  • 14

    • Ɔkaa abosonsomfoɔ anim (1-11)

    • Yerusalem rentumi nkwati atemmuo (12-23)

      • Ateneneefoɔ mmiɛnsa, Noa, Daniel, ne Hiob (14, 20)

  • 15

    • Yerusalem te sɛ bobe dua a ɛso nni mfasoɔ (1-8)

  • 16

    • Ná Onyankopɔn dɔ Yerusalem (1-63)

      • Ná ɔte sɛ abɔfra a wɔato no atwene na ɔfaa no (1-7)

      • Onyankopɔn siesiee no, na ɔne no yɛɛ apam waree no (8-14)

      • Ɔne aman pii bɔɔ adwaman (15-34)

      • N’adwamammɔ nti wɔtwee n’aso (35-43)

      • Wɔde no totoo Samaria ne Sodom ho (44-58)

      • Onyankopɔn bɛkae n’apam (59-63)

  • 17

    • Akasabebuo a ɛfa akɔdeɛ mmienu ne bobe dua ho (1-21)

    • Sida dua a wɔbu kɔduaeɛ no bɛyɛɛ dua kɛseɛ (22-24)

  • 18

    • Obiara bɛsoa ɔno ara ne bɔne (1-32)

      • Ɔkra a ɔyɛ bɔne no bɛwu (4)

      • Ɔba rensoa n’agya bɔne (19, 20)

      • Ɛnyɛ deɛ ɔpɛ ne sɛ ɔbɔnefoɔ bɛwu (23)

      • Obi twe ne ho firi bɔne ho a, ɔbɛnya nkwa (27, 28)

  • 19

    • Israel aberempɔn ho awerɛhoɔ dwom (1-14)

  • 20

    • Atua a Israelfoɔ teeɛ (1-32)

    • Ɔhyɛɛ bɔ sɛ Israelfoɔ bɛsan abɛsom no (33-44)

    • Ɔhyɛɛ anaafoɔ famfoɔ ho nkɔm (45-49)

  • 21

    • Onyankopɔn twee atemmuo sekan firii ne bɔha mu (1-17)

    • Babilon hene bɛto ahyɛ Yerusalem so (18-24)

    • Israel ɔberempɔn mumuyɛfoɔ no, wɔbɛyi no afiri hɔ (25-27)

      • “Tu ahenkyɛ no” (26)

      • “Kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba” (27)

    • Wɔbɛtwe sekan wɔ Ammonfoɔ so (28-32)

  • 22

    • Yerusalem yɛ kuro a ɛka mogya guo (1-16)

    • Israel te sɛ dwetɛ mu fĩ (17-22)

    • Israel mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ no, ɔkaa wɔn anim (23-31)

  • 23

    • Mmaa mmienu a wɔfiri maame baako bɛyɛɛ tuutuufoɔ (1-49)

      • Ohola ne Asiria bɔɔ adwaman (5-10)

      • Oholiba ne Babilon ne Egypt bɔɔ adwaman (11-35)

      • Wɔbɛtwe mmaa mmienu no aso (36-49)

  • 24

    • Yerusalem te sɛ dadesɛn a emu awe nnaakyen (1-14)

    • Hesekiel yere wuo bɛyɛ sɛnkyerɛnne (15-27)

  • 25

    • Ɔhyɛɛ Ammon ho nkɔm (1-7)

    • Ɔhyɛɛ Moab ho nkɔm (8-11)

    • Ɔhyɛɛ Edom ho nkɔm (12-14)

    • Ɔhyɛɛ Filistia ho nkɔm (15-17)

  • 26

    • Ɔhyɛɛ Tiro ho nkɔm (1-21)

      • “Baabi a wɔhata asau” (5, 14)

      • Wɔde aboɔ ne dɔteɛ bɛgu nsuo mu (12)

  • 27

    • Tiro kuro a ɛbɛmem te sɛ hyɛn no ho awerɛhoɔ dwom (1-36)

  • 28

    • Ɔhyɛɛ Tiro hene ho nkɔm (1-10)

      • “Meyɛ onyame” (2, 9)

    • Tiro hene ho awerɛhoɔ dwom (11-19)

      • “Ná wote Eden” (13)

      • “Kerubim a wɔasra no” (14)

      • “Wɔhunuu deɛ ɛntene wɔ wo mu” (15)

    • Ɔhyɛɛ Sidon ho nkɔm (20-24)

    • Ɔbɛsan ama Israel abɛsom no (25, 26)

  • 29

    • Ɔhyɛɛ Farao ho nkɔm (1-16)

    • Wɔde Egypt bɛhyɛ Babilon nsa de ayɛ n’akatua (17-21)

  • 30

    • Ɔhyɛɛ Egypt ho nkɔm (1-19)

      • Ɔkaa sɛ Nebukadnesar bɛto ahyɛ wɔn so (10)

    • Wɔbɛma Farao tumi aba awieeɛ (20-26)

  • 31

    • Egypt a ɔte sɛ sida dua kɛseɛ no bɛhwe ase (1-18)

  • 32

    • Farao ne Egypt ho awerɛhoɔ dwom (1-16)

    • Wɔbɛsie Egypt aka momonotofoɔ ho (17-32)

  • 33

    • Ɔwɛmfoɔ adwuma (1-20)

    • Wɔde Yerusalem sɛeɛ ho nkra baeɛ (21, 22)

    • Nkra a wɔde maa wɔn a wɔtete Yerusalem a asɛe no (23-29)

    • Wɔamfa asɛm no anyɛ adwuma (30-33)

      • Hesekiel te “sɛ obi a ɔto ɔdɔ nnwom” (32)

      • “Odiyifoɔ bi tenaa wɔn mu” (33)

  • 34

    • Ɔhyɛɛ Israel nnwanhwɛfoɔ ho nkɔm (1-10)

    • Yehowa bɛhwɛ ne nnwan (11-31)

      • “M’akoa Dawid” bɛyɛn wɔn (23)

      • “Asomdwoeɛ apam” (25)

  • 35

    • Ɔhyɛɛ Seir mmepɔ ho nkɔm (1-15)

  • 36

    • Ɔhyɛɛ Israel mmepɔ ho nkɔm (1-15)

    • Israelfoɔ bɛsan abɛsom no (16-38)

      • ‘Mɛte me din kɛseɛ no ho’ (23)

      • “Abɛyɛ sɛ Eden turo” (35)

  • 37

    • Nnompe a awo wesee ho anisoadehunu (1-14)

    • Nnua mmienu a wɔbɛka abom (15-28)

      • Ɔman baako, ɔhene baako (22)

      • Asomdwoeɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa (26)

  • 38

    • Gog bɛto ahyɛ Israel so (1-16)

    • Yehowa abufuo bɛba Gog so (17-23)

      • ‘Aman no bɛhu sɛ mene Yehowa’ (23)

  • 39

    • Wɔbɛsɛe Gog ne n’asraafoɔdɔm (1-10)

    • Wɔbɛsie no wɔ Hamon-Gog Bɔn mu (11-20)

    • Israelfoɔ bɛsan abɛsom no (21-29)

      • Onyankopɔn bɛhwie ne honhom agu Israel so (29)

  • 40

    • Wɔde Hesekiel kɔɔ Israel wɔ anisoadehunu mu (1, 2)

    • Hesekiel huu asɔrefie wɔ anisoadehunu mu (3, 4)

    • Adihɔ no ne apono no (5-47)

      • Ɛponkɛseɛ a ɛwɔ apueeɛ fam wɔ akyire hɔ no (6-16)

      • Adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no; apono a aka no (17-26)

      • Adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ ne n’apono (27-37)

      • Asɔrefie adwumayɛfoɔ no adidibea ahodoɔ (38-46)

      • Afɔrebukyia no (47)

    • Asɔrefie no abrannaa (48, 49)

  • 41

    • Asɔrefie no kronkronbea (1-4)

    • Ɔfasuo no ne mpia a ɛhyehyɛ mu no (5-11)

    • Ɛdan a ɛwɔ atɔeɛ fam no (12)

    • Ɔsusuu asɔredan no (13-15a)

    • Kronkron Mu Kronkronbea no (15b-26)

  • 42

    • Adidibea ahodoɔ (1-14)

    • Ɔsusuu asɔredan no afã nnan nyinaa (15-20)

  • 43

    • Yehowa animuonyam hyɛɛ asɔrefie hɔ ma (1-12)

    • Afɔrebukyia no (13-27)

  • 44

    • Ɛponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no, wɔbɛto mu afebɔɔ (1-3)

    • Akwankyerɛ a ɛfa ahɔhoɔ ho (4-9)

    • Akwankyerɛ a Lewifoɔ ne asɔfoɔ de bɛyɛ adwuma (10-31)

  • 45

    • Ntoboa kronkron no ne kuro no (1-6)

    • Ɔberempɔn no asaase (7, 8)

    • Ɛsɛ sɛ aberempɔn no di nokorɛ (9-12)

    • Asaase no sofoɔ ntoboa ne ɔberempɔn no (13-25)

  • 46

    • Afɔreɛ ahodoɔ a wɔbɛbɔ (1-15)

    • Ɔberempɔn no agyapadeɛ ho nhyehyɛeɛ (16-18)

    • Mmeaeɛ a wɔbɛnoa afɔrebɔdeɛ (19-24)

  • 47

    • Nsuo a na ɛresene firi asɔrefie no ase (1-12)

      • Nsuo no yirii nkakrankakra (2-5)

      • Ɛpo a Awuo no mu nsuo bɛnya ayaresa (8-10)

      • Awora no rennya ayaresa (11)

      • Nnua a wɔdi so aba na wɔde sa yareɛ (12)

    • Asaase no ahyeɛ (13-23)

  • 48

    • Sɛdeɛ wɔbɛkyekyɛ asaase no mu (1-29)

    • Kuro no apono 12 no (30-35)

      • Wɔbɛfrɛ kuro no “Yehowa Wɔ Hɔ” (35)

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane