AHENE NHOMA A EDI KAN
1 Ná Ɔhene Dawid abɔ akwakoraa+ na wadi nna pii; sɛ wɔde ntama pii kata ne ho mpo a, na ne ho nyɛ no hyew. 2 Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnhwehwɛ ababaa bi a ɔyɛ ɔbaabun mmrɛ yɛn wura ɔhene na ɔmmɛtena ɔhene ho nhwɛ no; ɔbɛda wo nkyɛn na yɛn wura ɔhene ho ayɛ no hyew.” 3 Ɛnna wokokyin hwehwɛɛ Israel asaase nyinaa so sɛ wobenya ababaa bi a ne ho yɛ fɛ. Na wokohuu Sunemni+ Abisag+ de no brɛɛ ɔhene. 4 Ná ababaa no ho yɛ fɛ papaapa. Ɔbɛtenaa ɔhene ho hwɛɛ no, nanso ɔhene ne no anna.
5 Saa bere no nyinaa, na Hagit ba Adoniya+ rehoahoa ne ho sɛ: “Me na medi hene!” Na ɔma wɔyɛɛ teaseɛnam maa no, na onyaa nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so ne mmarima 50 a wotu mmirika di n’anim.+ 6 Nanso ne papa anka n’anim* sɛ: “Adɛn nti na woreyɛ saa?” Ne maame woo no wɔ Absalom akyi, na na ɔno nso ho yɛ fɛ paa. 7 Adoniya de Seruia ba Yoab ne ɔsɔfo Abiatar+ yɛɛ ne nkurɔfo a ɔne wɔn fa adwene, na wɔbɛyɛɛ n’akyitaafo a wɔboa no.+ 8 Ɔsɔfo Sadok,+ Yehoiada ba Benaia,+ odiyifo Natan,+ Simei,+ Rei, ne Dawid akatakyi+ no de, wɔankodi Adoniya akyi.
9 Afei da bi, Adoniya de nguan, anantwi, ne mmoa a wɔadɔ srade bɔɔ afɔre+ wɔ Sohelet botan a ɛbɛn En-Rogel no ho, na ɔfrɛɛ ne nuanom, ahenemma no nyinaa, ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa. 10 Nanso odiyifo Natan, Benaia, ne akatakyi no ne ne nua Solomon de, wamfrɛ wɔn. 11 Ɛnna Natan+ ka kyerɛɛ Solomon maame+ Bat-Seba+ sɛ: “Woate sɛ Hagit ba Adoniya+ abɛyɛ ɔhene bere a yɛn wura Dawid nnim ho hwee anaa? 12 Enti bra ma mintu wo fo, na gye wo ho ne wo ba Solomon nkwa.*+ 13 Kɔ Ɔhene Dawid nkyɛn na kobisa no sɛ, ‘Me wura ɔhene, ɛnyɛ wo na wokaa w’afenaa ntam? Ɛnyɛ wo na wokae sɛ: “Wo ba Solomon na obedi m’ade ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛtena m’ahengua so”?+ Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na Adoniya abɛyɛ ɔhene yi?’ 14 Bere a wugu so ne ɔhene rekasa wɔ hɔ no, me nso medi akyi aba na mabɛka bi ato w’asɛm no so.”
15 Enti Bat-Seba kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ pia mu. Ná ɔhene abɔ akwakoraa posoposo, na Sunemni Abisag+ te ɔhene ho rehwɛ no. 16 Ɛnna Bat-Seba bɔɔ ne mu ase kotow ɔhene anim, na ɔhene bisaa no sɛ: “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” 17 Ɔno nso kae sɛ: “Me wura, wo na wokaa w’afenaa ntam wɔ Yehowa, wo Nyankopɔn din mu sɛ, ‘Wo ba Solomon na obedi m’ade ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛtena m’ahengua so.’+ 18 Nanso hwɛ sɛ Adoniya abɛyɛ ɔhene bere a me wura ɔhene nnim ho hwee!+ 19 Ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ srade ne nguan pii abɔ afɔre, na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne ɔsɔfo Abiatar ne ɔsahene Yoab,+ nanso w’akoa Solomon de, wamfrɛ no.+ 20 Me wura ɔhene, wo na Israel nyinaa ani da wo so sɛ wobɛkyerɛ wɔn nea obedi me wura ɔhene ade na watena n’ahengua so. 21 Anyɛ saa a, sɛ me wura ɔhene ne n’agyanom kɔda pɛ, wobebu me ne me ba Solomon sɛ yɛyɛ atuatewfo.”*
22 Bere a ogu so ne ɔhene rekasa no, odiyifo Natan baa hɔ.+ 23 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Odiyifo Natan aba ha!” Ɔbaa ɔhene anim bɛbɔɔ ne mu ase de n’anim butuw fam wɔ ɔhene anim. 24 Ɛnna Natan kae sɛ: “Me wura ɔhene, enti wo na wokae sɛ, ‘Adoniya na obedi m’ade ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛtena m’ahengua so’ anaa?+ 25 Ɛnnɛ ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ srade ne nguan pii rekɔbɔ afɔre.+ Na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne asahene no ne ɔsɔfo Abiatar;+ wɔne no ato nsa redidi na wɔrenom, na nea wɔreka ara ne sɛ, ‘Ma Ɔhene Adoniya nnya nkwa tenten!’ 26 Na me, w’akoa, me ne ɔsɔfo Sadok ne Yehoiada ba Benaia+ ne w’akoa Solomon de, wamfrɛ yɛn. 27 Me wura ɔhene, wo na wama kwan saa, ɛnna woamma w’akoa anhu nea ɔbɛtena ahengua no so adi me wura ɔhene ade?”
28 Afei Ɔhene Dawid kae sɛ: “Momfrɛ Bat-Seba mma me.” Enti obegyinaa ɔhene anim. 29 Ɛnna ɔhene kaa ntam sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ogyee me* fii ahohia nyinaa mu+ te ase yi, 30 sɛnea mekaa wo ntam wɔ Yehowa, Israel Nyankopɔn din mu sɛ, ‘Wo ba Solomon na obedi m’ade ayɛ ɔhene, na ɔno na obesi m’anan atena m’ahengua so!’ no, ɛnnɛ mɛma aba mu saa.” 31 Ɛnna Bat-Seba bɔɔ ne mu ase de n’anim butuw fam wɔ ɔhene anim kae sɛ: “Ma me wura Ɔhene Dawid nnya nkwa daa!”
32 Ntɛmpa ara na Ɔhene Dawid kae sɛ: “Momfrɛ ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan, ne Yehoiada+ ba Benaia+ mma me.” Ɛnna wɔbaa ɔhene anim. 33 Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mo wura nkoa nka mo ho na momma me ba Solomon ntena m’afurumpɔnkɔ* no so,+ na momfa no nsian nkɔ Gihon.+ 34 Momma ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan nsra no ngo+ wɔ hɔ mfa no nsi Israel so hene, na mommɔ abɛn nka sɛ, ‘Ma Ɔhene Solomon nnya nkwa tenten!’+ 35 Munni n’akyi mfa no mmra na ɔmmɛtena m’ahengua so. Ɔno na obedi m’ade ayɛ ɔhene, na ɔno na mɛyɛ no Israel ne Yuda kannifo.” 36 Ɛhɔ ara na Yehoiada ba Benaia ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Amen! Ma me wura ɔhene Nyankopɔn Yehowa nhyɛ mu den. 37 Sɛnea Yehowa dii me wura ɔhene akyi no, saa ara na onni Solomon akyi,+ na ɔmma n’ahengua nyɛ kɛse nsen me wura Ɔhene Dawid ahengua.”+
38 Ɛnna ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan, Yehoiada ba Benaia,+ ne Keretifo ne Peletifo+ no siim kɔe; wɔmaa Solomon tenaa Ɔhene Dawid afurumpɔnkɔ no so+ de no kɔɔ Gihon.+ 39 Afei ɔsɔfo Sadok faa abɛn a ngo wom+ no fii ntamadan no mu+ na ɔsraa Solomon ngo,+ na wofii ase bɔɔ abɛn maa ɔman no nyinaa bɔ gyee so sɛ: “Ma Ɔhene Solomon nnya nkwa tenten!” 40 Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa tu dii n’akyi, na wɔbɔɔ ntɛntɛbɛn dii ahurusi kɛse paa, na dede no maa asaase wosowee.+
41 Adoniya ne wɔn a ɔfrɛfrɛɛ wɔn no nyinaa tee; saa bere no, na wɔadidi awie.+ Bere a Yoab tee mmɛn no nnyigyei no, ɛhɔ ara na obisae sɛ: “Na gyegyeegye bɛn na ɛrekɔ so wɔ kurom yi?” 42 Ogu so rekasa ara na ɔsɔfo Abiatar ba Yonatan+ bepuee hɔ. Ɛnna Adoniya kae sɛ: “Bra mu, na woyɛ onipa pa;* migye di sɛ wode asɛmpa na ɛbae.” 43 Ɛnna Yonatan buaa Adoniya sɛ: “Daabi o. Yɛn wura Ɔhene Dawid asi Solomon hene. 44 Na ɔhene maa ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan, Yehoiada ba Benaia, ne Keretifo ne Peletifo no kaa ne ho, na wɔma ɔtenaa ɔhene afurumpɔnkɔ no so.+ 45 Afei ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan sraa no ngo sii no hene wɔ Gihon, na wɔde ahurusi fii hɔ bae, ɛno nti na kurow no mu ayɛ gyegyeegye no. Ɛho dede na motee no. 46 Afei nso, Solomon atena ahengua no so. 47 Bio nso, ɔhene nkoa baa hɔ behyiraa yɛn wura Ɔhene Dawid, na wɔkae sɛ, ‘Wo Nyankopɔn mma Solomon din nyɛ kɛse nsen wo din, na ɔmma n’ahengua nyɛ kɛse nsen w’ahengua!’ Ɛnna ɔhene bɔɔ ne mu ase wɔ ne mpa so. 48 Na nea ɔhene nso kae ni, ‘Ayeyi nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɛnnɛ wayi obi atena m’ahengua so ama m’ankasa mede m’aniwa ahu!’”
49 Ɛnna ehu kaa wɔn a Adoniya afrɛfrɛ wɔn no nyinaa, na obiara sɔre faa ne kwan. 50 Adoniya nso, Solomon nti, ehu kaa no. Enti ɔsɔre kɔe, na okosoo afɔremuka no mmɛn mu.+ 51 Ɛnna wɔbɛbɔɔ Solomon amanneɛ sɛ: “Ɔhene Solomon ho hu nti, Adoniya akoso afɔremuka no mmɛn mu, na ose, ‘Momma Ɔhene Solomon nni kan nka me ntam sɛ ɔremfa sekan nkum n’akoa.’” 52 Ɛnna Solomon kae sɛ: “Sɛ ɔyɛ adepa a, ɛnde ne nwi baako mpo rentɔ fam, nanso sɛ odi bɔne a,+ ɛnde obewu.” 53 Enti Ɔhene Solomon soma ma wɔkɔfaa no fii afɔremuka no ho bae. Na ɔbɛkotow Ɔhene Solomon, na Solomon ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, na kɔ wo fi.”
2 Bere a Dawid rebewu no, nsɛm a ɔka kyerɛɛ ne ba Solomon ni: 2 “Merebewu,* enti ma wo ho nyɛ den+ na yɛ w’ade sɛ ɔbarima.+ 3 Yɛ eyi fa di w’asɛde so wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim: Nantew n’akwan so na di n’ahyɛde, ne mmara nsɛm, n’atemmusɛm, ne ne nkaesɛm so sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara no mu no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara a wobɛyɛ ne baabiara a wobɛkɔ no, ebesi wo yiye.* 4 Ɛno bɛma Yehowa adi ne bɔhyɛ so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yiye na wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa som me nokware mu+ a, ɛnde daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahengua so.’+
5 “Seruia ba Yoab nso, wo ara wunim nea ɔde yɛɛ me; wunim nea ɔde yɛɛ Israel asahene baanu, Ner ba Abner+ ne Yeter ba Amasa.+ Okum wɔn, na ɔkaa mogya gui+ asomdwoe bere mu te sɛ ɔko bere. Ɔde ɔko mogya kekaa n’abɔso ne ne nan ase mpaboa mu. 6 Fa wo nyansa yɛ adwuma, na mma ɔmmfa ne ti so dwen nnkɔ Ɔdamoa* mu asomdwoe mu.+
7 “Gileadni Basilai+ mma no de, da ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn, na ma wonnidi wo pon so bi, efisɛ bere a miguan fii wo nua Absalom anim+ no, wɔbɛtaa m’akyi.+
8 “Benyaminni Gera ba Simei a ofi Bahurim no te wo nkyɛn ha yi ara. Da a merekɔ Mahanaim+ no, ɔdomee me yayaayaw,+ nanso bere a obehyiaa me wɔ Yordan ho no, mekaa no ntam wɔ Yehowa din mu sɛ, ‘Merentwe sekan nkum wo.’+ 9 Mma ɔmmfa ne ho nnni.+ Woyɛ ɔbarima nyansafo, na wunim nea ɛsɛ sɛ wode yɛ no; mogya mu na ma ɔmfa ne ti so dwen nsian nkɔ Ɔdamoa* mu.”+
10 Ɛnna Dawid ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Dawid Kurow+ mu. 11 Mfe* dodow a Dawid de dii Israel so hene no si mfe 40. Ɔtenaa Hebron+ dii ade mfe 7, na ɔtenaa Yerusalem nso dii ade mfe 33.+
12 Ɛnna Solomon tenaa ne papa Dawid ahengua so, na nkakrankakra, n’ahenni no timii.+
13 Akyiri yi, Hagit ba Adoniya baa Solomon maame Bat-Seba nkyɛn. Ɛnna maame no bisaa no sɛ: “Wobaa no asomdwoe mu anaa?” Na obuae sɛ: “Mebaa no asomdwoe mu.” 14 Afei ɔtoaa so sɛ: “Mede asɛm bi rebɛto w’anim.” Ɛnna maame no kae sɛ: “Kasa.” 15 Ɔno nso kae sɛ: “Wo ara wunim sɛ me na anka ɛsɛ sɛ midi ade, na me na na Israel nyinaa ani da so sɛ mɛyɛ ɔhene;+ nanso ahenni no fii me nsa kodii me nua no nsam, na Yehowa na ɔma ekodii ne nsam.+ 16 Seesei abisade baako pɛ na mede reto w’anim. Mmɔ m’asɛm no ngu.” Ɛnna maame no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kasa.” 17 Afei ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo, kɔka kyerɛ Ɔhene Solomon sɛ ɔmfa Sunemni Abisag+ mma me aware. Minim sɛ ɔremmɔ w’asɛm ngu.” 18 Ɛnna Bat-Seba kae sɛ: “Asɛmpa! Mɛkɔ na me ne ɔhene akɔkasa ama wo.”
19 Enti Bat-Seba kɔɔ Ɔhene Solomon nkyɛn sɛ ɔde Adoniya asɛm no rekɔto n’anim. Ntɛm ara na ɔhene sɔre kohyiaa no, na ɔhene bɔɔ ne mu ase maa no. Afei ɔkɔtenaa n’ahengua so, na ɔhene maa wɔde akongua besii hɔ maa ne maame, na ɔtenaa ne nifa so. 20 Ɛnna ne maame kae sɛ: “Abisade ketewa bi na mede rebɛto w’anim. Mmɔ m’asɛm no ngu.” Enti ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Me maame, kasa na meremmɔ w’asɛm ngu.” 21 Maame no kae sɛ: “Fa Sunemni Abisag ma wo nua Adoniya na ɔnware no.” 22 Ɛnna Ɔhene Solomon ka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Adɛn nti na worebisa Sunemni Abisag ama Adoniya? Ɛnde bisa ahenni no ka ho ma no ɛ,+ efisɛ ɔyɛ me nua panyin,+ na ɔsɔfo Abiatar ne Seruia+ ba Yoab+ nso taa n’akyi.”
23 Ɛnna Ɔhene Solomon kaa Yehowa ntam sɛ: “Ade a Adoniya abisa yi, sɛ mamma wamfa ne nkwa* antwa so a, ɛnde Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho. 24 Na sɛ́ Yehowa a wama m’ase atim+ na ɔde me atena me papa Dawid ahengua so, na wama manya ofi*+ sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no te ase yi, ɛnnɛ Adoniya bewu.”+ 25 Ɛhɔ ara na Ɔhene Solomon somaa Yehoiada ba Benaia+ ma ɔkɔtow hyɛɛ Adoniya so kum no.
26 Ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar+ sɛ: “Kɔ w’asaase so wɔ Anatot!+ Wofata owu, nanso ɛnnɛ merenkum wo, efisɛ wosoaa Awurade Tumfo Yehowa Adaka no wɔ me papa Dawid anim,+ na me papa amanehunu nyinaa mu no, wuhuu amane bi.”+ 27 Enti Solomon pam Abiatar na wanyɛ Yehowa sɔfo bio; ɛno maa Yehowa asɛm a ɔka tiaa Eli fi wɔ Silo+ no baa mu.+
28 Bere a Yoab tee asɛm no, oguan kɔɔ Yehowa ntamadan+ no adiwo kosoo afɔremuka no mmɛn mu denneennen, efisɛ ɛwom sɛ Yoab ankɔ Absalom afã+ de, nanso okodii Adoniya akyi.+ 29 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Solomon sɛ: “Yoab aguan kɔ Yehowa ntamadan no adiwo, na ɔwɔ afɔremuka no ho.” Enti Solomon somaa Yehoiada ba Benaia, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, kɔtow hyɛ no so kum no!” 30 Ɛnna Benaia kɔɔ Yehowa ntamadan no adiwo hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea ɔhene aka ni, ‘Fi adi!’” Nanso obuae sɛ: “Daabi! Ɛha ara na mewu ada.” Ɛnna Benaia bɛbɔɔ ɔhene amanneɛ sɛ: “Nea Yoab aka ni, na mmuae a ɔde maa me ni.” 31 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea ɔkae no, yɛ no saa ara; tow hyɛ no so kum no, na munsie no na munyi mogya a edi bem a Yoab hwie gui no mfi me so ne me papa fi so.+ 32 N’ankasa mogya na Yehowa de begu ne ti so, efisɛ ɔfaa me papa Dawid akyi de sekan kum mmarima baanu a wɔteɛ na woye sen no; okum Israel sahene+ Abner+ a ɔyɛ Ner ba no, ne Yuda sahene+ Amasa+ a ɔyɛ Yeter ba no. 33 Wɔn mogya bɛba Yoab ne n’asefo* ti so akosi daa;+ Dawid ne n’asefo* ne ne fi ne n’ahengua de, Yehowa bɛma wɔanya asomdwoe daa.” 34 Ɛnna Yehoiada ba Benaia foro kɔe, na ɔkɔtow hyɛɛ no so kum no, na wosiee no wɔ ne fi nkyɛn wɔ sare so. 35 Afei ɔhene de Yehoiada ba Benaia+ sii n’ananmu wɔ asraafo no so, na ɔsɔfo Sadok+ nso, ɔhene de no sii Abiatar ananmu.
36 Ɛnna ɔhene soma kɔfrɛɛ Simei+ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Si ofi wɔ Yerusalem na tena ha. Mfi ha nkɔ baabiara. 37 Da a wubepue akotwa Kidron Bon+ no, owu na wubewu. Wo mogya bɛba abegu w’ankasa wo ti so.” 38 Ɛnna Simei ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wonkaa bɔne. Sɛnea me wura ɔhene aka no, saa ara na w’akoa bɛyɛ.” Enti Simei tenaa Yerusalem kyɛe.
39 Nanso mfe abiɛsa akyi no, Simei nkoa baanu guan kɔɔ Maaka ba Akis+ a ɔyɛ Gat hene no nkyɛn. Ɛnna nkurɔfo bɛka kyerɛɛ Simei sɛ: “Hwɛ, wo nkoa no wɔ Gat.” 40 Ntɛm ara na Simei sɔre hyehyɛɛ n’afurum, na ɔkɔɔ Akis nkyɛn wɔ Gat kohuu ne nkoa no, na Simei de ne nkoa no fi Gat bae. 41 Ɛnna wɔkɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Simei afi Yerusalem akɔ Gat aba.” 42 Ɛhɔ ara na ɔhene soma kɔfrɛɛ Simei, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mamma woanka Yehowa ntam, na mammɔ wo kɔkɔ sɛ, ‘Ɛda a wubefi ha akɔ baabi foforo biara no, owu na wubewu’? Na wo nso woanka ankyerɛ me sɛ, ‘Asɛm a woaka yi de, wonkaa bɔne; medi so’?+ 43 Adɛn nti na woanni Yehowa ntam ne mmara a mehyɛɛ wo no so?” 44 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: “Adebɔne a woyɛɛ me papa Dawid no nyinaa, wo ara wunim wɔ wo koma mu,+ na Yehowa bɛdan wo bɔne no agu w’ankasa wo ti so.+ 45 Nanso Ɔhene Solomon de, wobehyira no,+ na Dawid ahengua nso betim wɔ Yehowa anim daa.” 46 Ɛnna ɔhene de ahyɛde maa Yehoiada ba Benaia ma ɔkɔtow hyɛɛ no so kum no.+
Na ahenni no timii wɔ Solomon nsam.+
3 Solomon kɔwaree wɔ Egypt hene Farao fi; ɔwaree Farao babea+ de no baa Dawid Kurow+ mu kosii sɛ osii ɔno ara ne fi+ ne Yehowa fi+ ne Yerusalem fasu+ no nyinaa wiei. 2 Nanso sorɔnsorɔmmea* hɔ ara na na ɔman no bɔ afɔre,+ efisɛ besi saa bere no, na wonnya nsii ofi mmaa Yehowa din.+ 3 Solomon kɔɔ so dɔɔ Yehowa; ɔnantew ne papa Dawid ahyɛde mu. Nanso ɔbɔɔ afɔre na ɔhyew afɔrebɔde daa wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+
4 Ɔhene kɔɔ Gibeon kɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ efisɛ ɛhɔ ne sorɔnsorɔmmea a na agye din paa.*+ Solomon de mmoa 1,000 na ɛbɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so.+ 5 Bere a Solomon wɔ Gibeon no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu anadwo; Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me nea menyɛ mma wo.”+ 6 Ɛnna Solomon kae sɛ: “Woada ɔdɔ kɛse a enni huammɔ adi akyerɛ me papa, w’akoa Dawid; ɔde nokwaredi ne trenee ne koma a edi mu nantew w’anim. Woakɔ so ada ɔdɔ kɛse a enni huammɔ yi adi akyerɛ no abesi nnɛ; woama wanya ɔba ama wabɛtena n’ahengua so.+ 7 Na afei Yehowa me Nyankopɔn, minnyinii* koraa na minni osuahu,*+ nanso woasi w’akoa hene de me asi me papa Dawid ananmu. 8 Wo man a woapaw wɔn+ no yɛ ɔman a wɔn dodow nti, wontumi nkan wɔn na wontumi mmu wɔn ano, na w’akoa na ɔda wɔn ano. 9 Enti ma w’akoa ahobrɛase koma a ɔde behu papa ne bɔne+ na ɔde abu wo man atɛn,+ efisɛ wo man a wɔdɔɔso* yi de, hena na obetumi abu wɔn atɛn?”
10 Nea Solomon bisae no, Yehowa ani gyee ho.+ 11 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ woabisa eyi, na woammisa nkwa tenten,* ahonyade, anaa w’atamfo nkwa,* na woabisa nhumu a wode bebu atɛn nti,+ 12 mɛyɛ w’abisade no ama wo.+ Mɛma wo nyansa ne ntease koma;+ wɔn a wodii w’anim no, obiara nnyaa bi saa da, na w’akyi nso, obiara rento wo.+ 13 Afei ahonyade ne anuonyam a woammisa nso, mede bɛka ho ama wo,+ na ɔhene biara nni hɔ a wo nkwa nna nyinaa* mu no, ɔbɛto wo.+ 14 Na sɛ wonantew m’akwan so di m’ahyɛde ne me mmara nsɛm so sɛnea wo papa Dawid yɛe no+ a, me nso mɛma wo nkwa tenten.”*+
15 Bere a Solomon ani so tetew no no, ohui sɛ ɛyɛ ɔdae. Ɛnna ɔkɔɔ Yerusalem kogyinaa Yehowa apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre,+ na ɔtow pon maa ne nkoa nyinaa.
16 Akyiri yi, tuutuufo mmea baanu bi baa ɔhene nkyɛn begyinaa n’anim. 17 Ɔbea a odi kan no kae sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbea yi te ofi baako mu, na mewoe bere a na ɔwɔ fie. 18 Mewoe no, ne nnansa so na ɔbea yi nso woe. Yɛn baanu pɛ na na yɛwɔ hɔ; ná obiara nka yɛn ho wɔ ofie hɔ. 19 Eduu anadwo no, ɔbea yi daa ne ba no so ma owui. 20 Bere a w’afenaa ada a me ba no da me nkyɛn no, ɔsɔree anadwo dasum bɛfaa me ba no de no kɔtoo ne nkyɛn,* na ɔde ne ba a wawu no bɛtoo me nkyɛn. 21 Bere a mesɔree sɛ merema me ba no nufu no, mihui sɛ wawu. Nanso ade kyee a metɔɔ me bo ase hwɛɛ abofra no, mihui sɛ ɛnyɛ ɔno ne me ba a mewoo no no.” 22 Ɛnna ɔbea baako no nso kae sɛ: “Woboa, me ba na ɔte ase no, wo ba ne nea wawu no!” Ɔbea a odi kan no nso kae sɛ: “Woboa, wo ba ne nea wawu no, me ba na ɔte ase no.” Wogyee ho akyinnye wɔ ɔhene anim.
23 Afei ɔhene kae sɛ: “Oyi se, ‘Me ba na ɔte ase yi, wo ba ne nea wawu no!’ na oyi nso se, ‘Woboa, wo ba ne nea wawu no, me ba na ɔte ase no!’” 24 Ɔhene kae sɛ: “Momma me sekan.” Ɛnna wɔde sekan brɛɛ ɔhene. 25 Na ɔhene kae sɛ: “Mompae abofra a ɔte ase no mu abien, na momfa ɔfã mma mmea no baako, na momfa ɔfã a aka nso mma ɔbaako no.” 26 Esiane sɛ ɔbea a ne ba ne abofra a ɔte ase no nyaa ayamhyehye maa ne ba no nti, ɛhɔ ara na ɔpaa ɔhene kyɛw sɛ: “Me wura, mesrɛ wo, momfa abofra a ɔte ase no mma no. Munnkum no!” Ɔbea baako no de, saa bere no nyinaa nea na ɔreka ara ne sɛ: “Ɛbɛbɔ me ne wo nyinaa! Mompae ne mu abien!” 27 Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Momfa abofra a ɔte ase no mma ɔbea a odi kan no. Munnkum no. Ɔno ne abofra no maame.”
28 Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene abu no, na wosuroo ɔhene,+ efisɛ wohui sɛ Onyankopɔn ama no nyansa a ɔde bu atɛn.+
4 Ɔhene Solomon dii Israel nyinaa so hene.+ 2 Ne mpanyimfo din na edidi so yi: Sadok+ ba Asaria na na ɔyɛ ɔsɔfo; 3 Sisa mma Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ akyerɛwfo;+ Ahilud ba Yehosafat+ de, na ɔyɛ ɔhene krakye; 4 Yehoiada ba Benaia+ na na ɔda asraafo no ano, ɛnna Sadok ne Abiatar+ yɛ asɔfo; 5 Natan+ ba Asaria na na ɔda akunini no ano, ɛnna Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfo ne ɔhene adamfo;+ 6 Ahisa na na ɔyɛ ofiepanyin, na Abda ba Adoniram+ na na ɔhwɛ apaafo+ so.
7 Ná Solomon wɔ akunini 12 a wɔdeda Israel nyinaa ano, na wɔn na wɔde aduan brɛɛ ɔhene ne ne fifo. Wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ afe biara wɔn mu biara mfa aduan mmra bosome baako.+ 8 Wɔn din na edidi so yi. Hur ba: ɔno na ɔhwɛɛ Efraim mmepɔw so nkurow so; 9 Deker ba: baabi a ɔhwɛɛ so ne Makas, Saalbim,+ Bet-Semes, ne Elon-Bet-Hanan; 10 Hesed ba: ɔhwɛɛ Arubot so (ná Soko ne Hefer asaase nyinaa nso hyɛ ne nsa); 11 Abinadab ba: ɔhwɛɛ Dor bepɔw so nkurow nyinaa so (ɔwaree Solomon babea Tafat); 12 Ahilud ba Baana: baabi a ɔhwɛɛ so ne Taanak, Megido+ ne Bet-Sean+ nyinaa a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel ase no, ɛne Bet-Sean kosi Abel-Mehola kosi Yokmeam+ mpɔtam; 13 Geber ba: baabi a ɔhwɛɛ so ne Ramot-Gilead+ (ná Manase ba Yair+ nkuraa-nkuraa a ɛwowɔ Gilead+ no hyɛ ne nsa; ná Argob+ a ɛwɔ Basan+ no nso hyɛ ne nsa: nkurow akɛse 60 a ɛwɔ afasu ne kɔbere mmeamu); 14 Ido ba Ahinadab: ɔhwɛɛ Mahanaim+ so; 15 Ahimahas: ɔhwɛɛ Naftali so (ɔno nso waree Solomon babea Basemat); 16 Husai ba Baana: ɔhwɛɛ Aser ne Bealot so; 17 Parua ba Yehosafat: ɔhwɛɛ Isakar so; 18 Ela ba Simei:+ ɔhwɛɛ Benyamin+ so; 19 Uri ba Geber: baabi a ɔhwɛɛ so ne Gilead+ asaase, Amorifo hene Sihon+ asaase, ne Basan hene Og+ de. Okunini baako na na ɔda akunini a wɔaka no nyinaa ano wɔ asaase no so.
20 Ná Yudafo ne Israelfo dɔɔso te sɛ mpoano anwea;+ wodidi nomee, na wodii ahurusi.+
21 Solomon dii ahenni nyinaa so, efi Asubɔnten no*+ ho kosi Filistifo asaase so ne Egypt hye so. Nkurɔfo de akyɛde brɛɛ Solomon, na wɔsom no ne nkwa nna nyinaa.+
22 Ná Solomon fi da koro aduan yɛ esiam muhumuhu kor* 30 ne esiam foforo kor 60, 23 anantwi 10 a wɔadɔ srade, anantwi 20 a wɔkɔ adidi, ne nguan 100; awansan, atwe, akwadu, ne nnomaa a wɔadɔ srade mpo de, wɔnkan. 24 Odii tumi wɔ biribiara a ɛwɔ Asubɔnten no fã ha*+ so, efi Tifsa kosi Gasa,+ ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten no fã ha nyinaa; onyaa asomdwoe n’ahenni nyinaa mu wɔ afã nyinaa.+ 25 Solomon bere so nyinaa, Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo; efi Dan kosi Beer-Seba obiara tenaa ne bobe ne ne borɔdɔma ase.
26 Ná Solomon wɔ apɔnkɔdan 4,000* a ɔde n’apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam gu mu, ne apɔnkɔ* 12,000.+
27 Akunini yi na wɔmaa Ɔhene Solomon ne obiara a odidi Ɔhene Solomon pon so aduan. Bosome biara na ɛwɔ nea ɔde ne de ba, na na wɔhwɛ sɛ biribiara wɔ hɔ.+ 28 Wɔde baali* ne sare nso brɛɛ apɔnkɔ no ne apɔnkɔ a na wɔtwe nteaseɛnam no; baabiara a wohia bi no, wɔde kɔe sɛnea obiara adwuma te.
29 Na Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhumu pii ne koma a emu ntease dɔɔso te sɛ mpoano anwea.+ 30 Ná Solomon nyansa dɔɔso sen Apuei Famfo nyinaa nyansa ne Egyptfo nyansa nyinaa.+ 31 Ná onim nyansa sen onipa biara; Esrahini Etan+ ne Mahol mma Heman+ ne Kalkol+ ne Darda mpo, na onim nyansa sen wɔn. Ne din hyetaa aman a atwa ne ho ahyia nyinaa mu.+ 32 Otumi buu mmɛ+ 3,000, na ɔhyehyɛɛ nnwom+ 1,005. 33 Ɔkaa nnua ho asɛm, efi sida a ɛwɔ Lebanon so kosi sommɛ*+ a efifi dan ho so; ɔkaa mmoa+ ne nnomaa+ ne mmoa a wɔwea*+ ne mpataa ho asɛm. 34 Nkurɔfo fi aman nyinaa mu betiee Solomon nyansa; ahemfo a wofi asaase so mmaa nyinaa a wɔtee ne nyansa ho asɛm nso betiee no.+
5 Bere a Tiro+ hene Hiram tee sɛ wɔasra Solomon asi no hene ama ɔredi ne papa ade no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ Solomon nkyɛn, efisɛ na Hiram ne Dawid yɛ nnamfo fi tete.*+ 2 Solomon nso soma kɔɔ Hiram nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 3 “W’ankasa wunim sɛ ɔko a atamfo de twaa me papa Dawid ho hyiae nti, wantumi ansi ofi amma Yehowa ne Nyankopɔn din, kosii sɛ Yehowa de wɔn guu ne nan ase.+ 4 Seesei de, Yehowa me Nyankopɔn ama me ho adwo me wɔ afã nyinaa.+ Ɔtamfo biara nni hɔ, na bɔne biara nso nni hɔ.+ 5 Enti mepɛ sɛ misi ofi ma Yehowa me Nyankopɔn din sɛnea Yehowa hyɛɛ me papa Dawid bɔ no. Ɔkae sɛ: ‘Wo ba a mede no bɛtena w’ahengua so asi w’ananmu no, ɔno na obesi ofi ama me din.’+ 6 Afei ma wo nkurɔfo ntwa sida nnua wɔ Lebanon+ mma me. Me nkoa ne wo nkoa bɛbom ayɛ adwuma, na wo nkoa akatua nyinaa, mede bɛma wo sɛnea wobɛkyerɛ biara, efisɛ wunim sɛ yenni obiara wɔ yɛn mu a onim nnuatwa te sɛ Sidonfo.”+
7 Bere a Hiram tee Solomon nsɛm no, odii ahurusi kɛse, na ɔkae sɛ: “Ayeyi nka Yehowa nnɛ, efisɛ wama Dawid ɔba nyansafo a ɔredi ɔman kɛse* yi so!”+ 8 Ɛnna Hiram soma kɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Mate wo nkra no, na mɛyɛ w’apɛde ama wo na wo nsa aka sida ne ɔpopaw nnua no.+ 9 Me nkoa de befi Lebanon aba mpoano, na mɛkyekyere agu po so de akɔ baabi a wobɛkyerɛ sɛ memfa nkɔ; ɛhɔ na mɛma wɔasansan na woabɛfa. Me nso nea mepɛ sɛ woyɛ ma me ne sɛ wobɛma me fifo aduan.”+
10 Enti sida nnua ne ɔpopaw nnua a Solomon hia nyinaa, Hiram de brɛɛ no. 11 Solomon nso maa Hiram hwiit kor* 20,000 sɛ ɔmfa nhwɛ ne fifo, ne ngo pa* kor 20. Eyi na Solomon de maa Hiram afe biara.+ 12 Yehowa maa Solomon nyansa sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no,+ na asomdwoe tenaa Hiram ne Solomon ntam, na wɔn baanu yɛɛ apam.
13 Ɔhene Solomon faa apaafo fii Israel nyinaa; ná apaafo no yɛ mmarima 30,000.+ 14 Bosome biara na ɔde wɔn mu 10,000 kɔ Lebanon. Sɛ wokodi bosome baako wɔ Lebanon a, na wɔabedi abosome abien wɔ wɔn afi; Adoniram+ na na ɔda apaafo no ano. 15 Solomon nyaa nnipa 70,000 a wɔsoasoa nneɛma, ne nnipa 80,000 a wɔpae abo+ wɔ mmepɔw mu.+ 16 Afei nso, na Solomon wɔ akunini+ 3,300 a wɔdeda adwumayɛfo no ano. 17 Ɔhene ma wɔpaee abo akɛse a ne bo yɛ den+ na wotwitwa+ de too ofi no fapem.+ 18 Enti Solomon adansifo ne Hiram adansifo ne Gebalfo+ paee abo no, na wosiesiee nnua ne abo a wɔde besi ofi no.
6 Bere a Israelfo* fi Egypt asaase so bae no,+ n’afe a ɛto so 480 no, na ɛyɛ Solomon afe a ɛto so anan fi bere a ɔbɛyɛɛ Israel hene. Saa afe no, ofii ase sɛ ɔresi Yehowa fi*+ no wɔ Siw* bosome+ no (kyerɛ sɛ, bosome a ɛto so abien no) mu. 2 Ɔdan a Ɔhene Solomon si maa Yehowa no, ne tenten yɛ basafa* 60, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20, na efi soro besi fam yɛ basafa 30.+ 3 Abantenten+ a ɛwɔ asɔredan no anim no, ne tenten ne asɔredan no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ; ɛyɛ basafa 20. Efi ano kosi asɔredan no anim nso, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa du.
4 Ɔyeyɛɛ mfɛnsere a aka apua*+ wɔ ofi no mu. 5 Afei osii nkyɛnmu dan de twaa asɔredan no ho hyiae, wɔ ɔdan no ankasa* ne ne pia mu pia+ no ho, na ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia wom de twaa ɔdan no ho nyinaa hyiae.+ 6 Nkyɛnmu pia a ɛwɔ ase no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum, nea ɛwɔ mfinimfini no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa asia, na nea ɛto so abiɛsa no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa ason; ɔyeyɛɛ bamma wɔ ɔdan no ho nyinaa hyiae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa biribiara nwurawura asɔredan no mu.+
7 Ɔdan no, wɔde abo a wɔapae na wɔayɛ ho biribiara awie na esii,+ enti bere a wɔresi ofi no, wɔante hamma* anaa abonnua anaa nnade biara dede wɔ hɔ. 8 Nkyɛnmu pia a ɛwɔ ase no kwan da ɔdan no anaafo fam,*+ na nkyɛnmu pia a ɛwɔ mfinimfini no ne nea ɛto so abiɛsa no, stɛps a akyinkyim na wɔde foro kɔ mu. 9 Ɔtoaa so sii ɔdan no kosii sɛ owiei,+ na ɔde sida dua mpuran ne ntaaboo sɛm ɔdan no so.+ 10 Afei nso, ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia wɔ ɔdan no ho nyinaa hyiae;+ efi soro besi fam no, ebiara yɛ basafa anum, na wɔde sida nnua susoo mu bɔɔ ɔdan no mu.
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Solomon sɛ: 12 “Sɛ wonantew m’ahyɛde mu na wudi m’atemmusɛm so na wode me mmara nsɛm nyinaa yɛ adwuma na wonantew mu+ a, me nso ofi a woresi yi, mɛfa wo so ama ɛho bɔ a mehyɛɛ wo papa Dawid no aba mu;+ 13 mɛtena Israelfo mu,+ na merennyaw me man Israel.”+
14 Solomon toaa so sii ɔdan no kosii sɛ owiei. 15 Ɔde sida nnua kyekyɛɛ ɔdan no mu. Ɔde nnua sɛm ɔdan no mu fi fam kosii ne nsɛmso so, na ɔde ɔpopaw nnua nso sɛm fam wɔ ɔdan no mu.+ 16 Sɛ wuwura asɔredan no mu a, ɛrekɔ akyi hɔ no, ɔyɛɛ baabi a ne tenten yɛ basafa 20; sida dua ntaaboo na ɔde sɛm ho fi fam kosii ne nsɛmso so, na ɔyɛɛ hɔ pia mu pia,+ Kronkron Mu Kronkronbea no.+ 17 Ná asɔredan*+ no fã a ɛtoa so no, kyerɛ sɛ, ne fã a ɛwɔ anim no yɛ basafa 40. 18 Sida dua a ɛwɔ ɔdan no mu no, wɔyeyɛɛ aduaba agude nkuruwankuruwa+ ne nhwiren+ wɔ ho. Wɔde sida dua na ɛyɛɛ ho biribiara; wuwura mu a, wunhu ɔbo biara.
19 Afei osiesiee pia mu pia+ a ɛwɔ asɔredan no mu sɛ ɔde Yehowa apam adaka no besi hɔ.+ 20 Pia mu pia no tenten yɛ basafa 20, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20, na efi soro besi fam nso yɛ basafa 20;+ ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa mu nyinaa, na afɔremuka+ no nso, ɔde sida dua sɛm ho. 21 Solomon de sika kɔkɔɔ amapa faa asɔredan no mu,+ na ɔde sika kɔkɔɔ faa pia mu pia+ no mu, ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa anim. 22 Ɔde sika kɔkɔɔ faa ɔdan no mu nyinaa kosii sɛ owiee ɔdan no ho adwuma nyinaa; afɔremuka a ɛbɛn pia mu pia no nso, ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa.+
23 Bio nso, ɔde nku dua yɛɛ kerubim+ abien wɔ pia mu pia no mu, baako biara tenten yɛ basafa du.+ 24 Kerubim baako ntaban baako tenten yɛ basafa anum, na n’ataban baako a aka no nso tenten yɛ basafa anum. Efi ne ntaban baako ano kosi ne ntaban baako no nso ano yɛ basafa du. 25 Kerubim a ɔto so abien no nso, na ne tenten yɛ basafa du. Kerubim abien no nyinaa, na wɔn kɛse ne wɔn biribiara yɛ pɛ. 26 Kerubim baako tenten yɛ basafa du, na saa na kerubim baako a aka no nso te. 27 Ɛnna ɔde kerubim+ no sisii pia mu pia* no mu; ná kerubim no ntaban mu atrɛtrɛw. Kerubim no baako ntaban ka ɔfasu no, na ɔbaako nso de ka ɔfasu a ɛwɔ ɔfã noho no; wɔn ntaban a aka no, wɔatrɛtrɛw mu wɔ ɔdan no mfinimfini, na baako ntaban ka baako ntaban. 28 Na ɔde sika kɔkɔɔ faa kerubim no ho.
29 Ɔyeyɛɛ kerubim,+ mmedua,+ ne nhwiren+ guu asɔredan no afasu ho wɔ pia no mu,* na ɔyɛɛ bi nso wɔ pia mu pia no mu. 30 Sika kɔkɔɔ na ɔde faa fam wɔ ɔdan no mu, pia no mu, ne pia mu pia no mu. 31 Na pia mu pia kwan no, ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apon, n’adum a ɛwowɔ nkyɛnkyɛn ne n’apongua, abupɛn anum mu baako.* 32 Ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apon abien no, na ɔyeyɛɛ kerubim, mmedua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho; ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ no guu kerubim ne mmedua no ho. 33 Asɔredan* no kwan no, saa ara na ɔde nku dua yɛɛ n’apongua no, abupɛn anan mu baako.* 34 Ɔde ɔpopaw nnua yɛɛ apon abien. Ɔpon baako bɔ ho abien, na ade hyɛ mu a ɛma wutumi bu to so, na ɔpon a aka no nso bɔ ho abien, na ade hyɛ mu a ɛma wutumi bu to so.+ 35 Ɔyeyɛɛ kerubim, mmedua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho.
36 Ɔtoo abo a wɔasen toatoaa so abiɛsa, na ɔde sida nnua totoo so+ yɛɛ adiwo+ a ɛwɔ mfinimfini no.
37 Wɔtoo Yehowa fi no fapem wɔ afe a ɛto so anan no mu, Siw* bosome no mu;+ 38 afe a ɛto so 11, Bul* a ɛyɛ bosome a ɛto so awotwe mu no, wowiee ofi no ho adwuma nyinaa sɛnea ofi no ho plan te.+ Enti ɔde mfe ason na esi wiei.
7 Na Solomon ankasa fi* nso, mfe 13 na ɔde si yɛɛ ho biribiara.+
2 Afei osii Lebanon Kwaefi+ no; ne tenten yɛ basafa* 100, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50, na efi soro besi fam nso yɛ basafa 30, na osi sii sida nnua adum a ɛsesã so anan anan so; wɔde sida nnua+ guu adum no so. 3 Mpuran a ɛdeda adum no so no, wɔde sida ntaaboo 45 sɛm so. Ɔfã biara, ntaaboo 15 na ɛsesã so wɔ hɔ. 4 Ná wɔayeyɛ mfɛnsere nso a ɛsesã so abiɛsa wɔ hɔ, na mfɛnsere biara kyerɛ mfɛnsere foforo anim; wɔyɛ toatoaa so abiɛsa fi fam kosii soro. 5 N’apon ne n’apongua no n’afanan nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ, na mfɛnsere a edi nhwɛanim a ɛtoatoa so abiɛsa no nso, na ebiara afanan nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ.
6 Ɔyɛɛ Adum Abrannaa no nso; ná ne tenten yɛ basafa 50, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 30; ɔde adum yɛɛ abrannaa foforo nso wɔ anim, na okuruu so.
7 Afei nso ɔyɛɛ Ahengua Abrannaa+ no, Atemmu Abrannaa+ a obebu atɛn wɔ hɔ, na ɔde sida nnua sɛm ɔdan no mu fi fam kosii ne nsɛmso so.
8 Ne fi* a n’ankasa bɛtena mu a ɛbɛn adiwo+ a ɛwɔ ɔfã noho no, na atew ne ho afi Abrannaa dan* no ho, na na ɛne no sɛ. Solomon san sii ofi a ɛte sɛ Abrannaa dan no maa Farao babea a ɔwaree no no.+
9 Ne nyinaa, efi ne fapem so kosi n’atifi, abɔnten kosi adiwo kɛse+ hɔ, ɔde abo a ne bo yɛ den+ a wɔapae no pɛpɛɛpɛ na wɔde sradaa atwitwa anim ne akyi na ɛyɛe. 10 Na abo akɛse a ne bo yɛ den na wɔde too fapem no; abo no bi yɛ basafa du na ebi nso yɛ basafa awotwe. 11 Abo a ne bo yɛ den a wɔasusuw na wɔapaapae ne sida nnua na ɛdeda so. 12 Ɔtoo abo a wɔasen toatoaa so abiɛsa, na ɔde sida nnua totoo so de yɛɛ ɔfasu twaa adiwo kɛse no ho hyiae sɛnea ɔyɛe wɔ Yehowa fi adiwo a ɛwɔ mfinimfini+ ne ofi no abrannaa ho no.
13 Ɔhene Solomon soma ma wɔkɔfaa Hiram+ fii Tiro bae. 14 Ná ɔyɛ odwumayɛni a ne ho akokwaw a ɔwɔ nimdeɛ+ ne osuahu a wɔde yɛ kɔbere ho adwuma biara; ná ne maame yɛ okunafo a ofi Naftali abusuakuw mu, na na ne papa yɛ kɔbere* dwumfo+ a ofi Tiro. Ɔbaa Ɔhene Solomon nkyɛn bɛyɛɛ ne nnwuma nyinaa.
15 Oguu kɔbere adum abien no;+ adum no biara tenten yɛ basafa 18, na hama basafa 12 na etumi twa adum no biara ho hyia.+ 16 Ɔde kɔbere yɛɛ ntaaso abien sisii adum no so. Ntaaso no baako tenten yɛ basafa anum, na ntaaso baako no nso tenten yɛ basafa anum. 17 Adum no ntaaso no biara, wɔanwene atena ne nkɔnsɔnkɔnsɔn afa ho;+ ason wɔ ntaaso baako ho, na ason nso wɔ ntaaso baako no ho. 18 Na atena a ɛkata adum no ntaaso ho no, ɔde granate akutu* yeyɛɛ nhankare abien sesãã so wɔ ho hyiae; saa na ɔyɛe wɔ adum abien no nyinaa ntaaso ho. 19 Adum a ɛwɔ abantenten no anim no, ɔyɛɛ ne ntaaso sɛ sukooko, basafa anan. 20 Ntaaso no, na ɛwɔ adum abien no apɔw so; ɛhɔ na na atena no wowɔ. Ná granate akutu 200 a ɛsesã so nso atwa ntaaso no biara ho ahyia.+
21 Ɔde adum no sisii asɔredan* abantenten+ no anim. Ɔde baako sii nifa so* na ɔtoo no din Yakin,* ɛnna ɔde baako sii benkum so* na ɔtoo no din Boas.*+ 22 Adum no soro no, ɔyɛɛ no sɛ sukooko. Na owiee adum no ho adwuma nyinaa.
23 Afei ɔde dade yɛɛ ɔsɛn kɛse a wɔde nsu begu mu a wɔfrɛ no Ɛpo no;+ efi ano kosi ano yɛ basafa 10. Ɔsɛn no ano yɛ kurukuruwa, na efi soro besi fam yɛ basafa 5. Hama a ne tenten yɛ basafa 30 na etumi twa ho hyia.+ 24 Efi ano reba ase no, ɔyɛɛ biribi te sɛ aduaba agude nkuruwankuruwa+ bi wɔ Ɛpo no ho nyinaa hyiae; basafa baako biara, edu na ɛwom. Ebi wɔ soro na ebi wɔ fam. Wɔyɛɛ ɛno ne ɔsɛn no nyinaa boom. 25 Wɔde sii kɔbere anantwi 12 so;+ anantwi no 3 ani kyerɛ atifi fam, 3 ani kyerɛ atɔe fam, 3 ani kyerɛ anaafo fam, na 3 ani kyerɛ apuei fam. Ná Ɛpo no si wɔn so, na wɔn nyinaa akyi kyerɛ Ɛpo no ase. 26 Ɔsɛn no pipiripi te sɛ nsayam;* ná ano te sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a apae. Nsu bat susuhina* 2,000 na na wɔde gu mu.
27 Afei ɔyeyɛɛ kɔbere trɔk du a wɔde bɛtwe nsu;+ trɔk biara tenten yɛ basafa anan, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anan na efi soro besi fam yɛ basafa abiɛsa. 28 Sɛɛ na ɔyɛɛ trɔk a wɔde twe nsu no: ɔyɛɛ nhyehyem ntraantraa wɔ ne nkyɛnmu, na na nhyehyem no hyehyɛ mmeamu ntam. 29 Ɔyeyɛɛ agyata+ ne anantwi ne kerubim+ wɔ nhyehyem a ɛhyehyɛ mmeamu no ntam so, na saa na ɔyɛe wɔ mmeamu no ankasa ho. Ɔyeyɛɛ biribi te sɛ nhwiren kɔnmuade wɔ agyata ne anantwi no atifi ne wɔn ase. 30 Trɔk no biara wɔ kɔbere ntwahonan anan ne kɔbere nhyɛmudua; ɛwɔ nsiso anan, na oguu nsiso no wɔ ɔsɛn no ase, na ebiara, nhwiren a wɔanwene no sɛ kɔnmuade wɔ ho. 31 Ná ɔsɛn no hyɛ trɔk no nsiso mu, na efi ase kosi ne kɔn yɛ basafa baako; ná ano yɛ kurukuruwa, na efi ase kosi ano yɛ basafa baako ne fã; odii adwini nso wɔ ano. Nhyehyem a ɛwɔ ano no, na ɛnyɛ kurukuruwa; mmom na ɛwɔ afa anan a ebiara tenten yɛ pɛ. 32 Ntwahonan anan no, na ɛwɔ nkyɛnmu nhyehyem no ase, na nea ekurakura ntwahonan no mu no, wɔayɛ abɔ trɔk no mu; efi ntwahonan biara soro besi fam yɛ basafa baako ne fã. 33 Ɔyɛɛ ntwahonan no te sɛ teaseɛnam ntwahonan. Nea ekurakura mu, ne hankare, nea ɛhyehyɛ mu, ne nea esuso mu nyinaa, wɔde dade na ɛyɛe.* 34 Nsiso anan wowɔ trɔk biara afã anan no ho; nsiso no, woguu ɛne trɔk mũ no nyinaa boom* baako. 35 Trɔk no, ɔyɛɛ ano no kurukuruwa hyiae; efi ne kɔn kosi ano yɛ basafa fã, na trɔk no soro ne ne nhyehyem a ɛwɔ ano ne nhyehyem a ɛwɔ nkyɛnmu no, woguu ne nyinaa boom* baako. 36 Afei baabiara a onyaa ɔkwan wɔ nhyehyem a ɛwɔ ano ne nhyehyem a ɛwɔ nkyɛnmu no, odii kerubim ne agyata ne mmedua adwini wɔ hɔ, na ɔyɛɛ biribi te sɛ nhwiren kɔnmuade wɔ ho hyiae.+ 37 Saa na ɔyeyɛɛ trɔk du no;+ ná ne nyinaa yɛ ade koro,+ na ne tenten ne ne kɛse yɛ pɛ.
38 Ɔyɛɛ kɔbere asɛn du.+ Emu biara fa nsu bat susuhina 40. Ɔsɛn biara, efi ano kosi ano yɛ basafa anan. Trɔk du no mu biara, ɔsɛn baako si so. 39 Afei ɔde trɔk no anum sisii ɔdan no nifa so, na ɔde anum sisii ɔdan no benkum so; Ɛpo no nso, ɔde sii ɔdan no nifa so, ɛrekɔ apuei fam.+
40 Hiram+ san yɛɛ asɛn ne sofi+ ne nkankyee+ no.
Enti Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fi ho no:+ 41 Ɔyɛɛ adum abien+ ne ntaaso nkuruwankuruwa a esi adum abien no so, ne atena abien+ a ɛkata adum no ntaaso nkuruwankuruwa abien no ho; 42 ɛne atena abien no ho granate akutu 400+ no, atena no biara ho granate akutu no sa so abien, ebi wɔ soro na ebi wɔ fam, na ɛkataa adum abien no ntaaso nkuruwankuruwa no ho; 43 ɛne trɔk du a wɔde twe nsu+ ne asɛn du+ a esisi trɔk no so; 44 ɛne Ɛpo no+ ne anantwi 12 a Ɛpo no si wɔn so no; 45 ɛne nea wɔde sesaw nsõ, sofi, nkankyee, ne ɛho nneɛma nyinaa. Eyinom nyinaa Hiram yɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fi no ho; ɔde kɔbere a wɔatwiw ho na ɛyɛe. 46 Yordan mantam mu na ɔhene guu nneɛma yi; ogui wɔ dɔte mu wɔ Sukot ne Saretan ntam.
47 Solomon ankari saa nneɛma yi nyinaa, efisɛ na ɛdɔɔso dodo, na wɔammu kɔbere no dodow ano.+ 48 Solomon yeyɛɛ Yehowa fi hɔ nneɛma nyinaa: sika kɔkɔɔ afɔremuka,+ sika kɔkɔɔ pon+ a wɔbɛhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ no wɔ so, 49 sika kɔkɔɔ amapa nkaneadua+ a anum sisi nifa so na anum nso sisi benkum so wɔ pia mu pia no anim, ne nhwiren,+ nkanea, ne nneɛma a wɔde fa ogya a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛe,+ 50 ne asɛn, adumgya,+ nkankyee, nkuruwa,+ ne nkankyee a wɔde ogya gu mu+ a wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛe no; ɛne pia mu pia,+ kyerɛ sɛ, Kronkron Mu Kronkronbea hɔ apon no nsiso, ne asɔredan no apon+ a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛe no nyinaa.
51 Ɔhene Solomon wiee Yehowa fi no ho adwuma a ɔyɛe no nyinaa. Ɛnna Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baa mu;+ ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no beguu Yehowa fi adekora adan no mu.+
8 Saa bere no, Solomon boaboaa Israel mpanyimfo ano,+ mmusuakuw mu atitiriw, ne Israelfo agyanom abusuafi mpanyimfo nyinaa.+ Wɔbaa Ɔhene Solomon nkyɛn wɔ Yerusalem sɛ wɔrebɛfa Yehowa apam adaka no afi Dawid Kurow mu,+ kyerɛ sɛ, Sion.+ 2 Bosome Etanim* mu, kyerɛ sɛ, bosome a ɛto so ason mu no, Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa Ɔhene Solomon anim wɔ afahyɛ* no ase.+ 3 Enti Israel mpanyimfo nyinaa bae, na asɔfo no maa Adaka no so.+ 4 Asɔfo ne Lewifo no de Yehowa Adaka no, ahyiae ntamadan no,+ ne nneɛma kronkron a ɛwɔ ntamadan no mu nyinaa bae. 5 Saa bere no, na Ɔhene Solomon ne Israel asafo a ɔfrɛɛ wɔn bae no nyinaa abɔ gua wɔ Adaka no anim. Wɔde nguan ne anantwi bɔɔ afɔre,+ na na mmoa no dɔɔso ara ma wɔantumi ankan wɔn ankyerɛ wɔn dodow.
6 Afei asɔfo no de Yehowa apam adaka no baa ne sibea,+ pia mu pia no mu, Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, na wɔde sii kerubim no ntaban ase.+
7 Ná kerubim no atrɛtrɛw wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so. Enti kerubim no ntaban kataa Adaka no ne nnua a ɛhyehyɛ ho no so.+ 8 Ná ɛho nnua no+ woware, enti sɛ obi wɔ Kronkronbea hɔ wɔ pia mu pia no anim a, ohu nnua no ti, nanso sɛ ɔwɔ abɔnten a, onhu; ɛhɔ na ɛwɔ de besi nnɛ. 9 Ná hwee nni Adaka no mu, gye abopon abien+ a Mose de guu mu+ wɔ Horeb no; ɔde guu mu bere a Israelfo fi Egypt asaase so reba+ a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam no.+
10 Bere a asɔfo no pue fii kronkronbea hɔ no, omununkum+ bɛhyɛɛ Yehowa fi no ma.+ 11 Omununkum no nti, asɔfo no antumi annyina hɔ ansom, efisɛ Yehowa anuonyam hyɛɛ Yehowa fi hɔ ma.+ 12 Saa bere no, Solomon kae sɛ: “Yehowa se omununkum kusuu mu na ɔbɛtena.+ 13 Matumi asi tenabea a ɛkorɔn ama wo, na mayɛ baabi a wobɛtena daa.”+
14 Afei, bere a Israel asafo no nyinaa gyinagyina wɔn nan so no, ɔhene dan n’ani kaa nsɛm bi de hyiraa Israel asafo no nyinaa.+ 15 Ɔkae sɛ: “Ayeyi nka Israel Nyankopɔn Yehowa a obuee n’ano hyɛɛ me papa Dawid bɔ, na ɔnam ne nsa so ama aba mu no; asɛm a ɔkae ne sɛ, 16 ‘Efi da a miyii me man Israel fii Egypt de besi nnɛ da yi, minyii Israel mmusuakuw no kurow bi sɛ wonsi ofi mma me din ntena hɔ,+ nanso mapaw Dawid sɛ onni me man Israel so.’ 17 Ná ɛda me papa Dawid koma so sɛ obesi ofi ama Israel Nyankopɔn Yehowa din.+ 18 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ me papa Dawid sɛ, ‘Ɛyɛ wo koma so ade sɛ wubesi ofi de me din ato so; woayɛ ade sɛ ɛda wo koma so. 19 Mmom ɛnyɛ wo na wubesi ofi no; wo ba a wobɛwo no* na obesi ofi no de me din ato so.’+ 20 Yehowa ama ne bɔhyɛ aba mu, efisɛ madi me papa Dawid ade, na matena Israel ahengua so sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ no. Afei nso, masi ofi de Israel Nyankopɔn Yehowa din ato so,+ 21 na mapɛ baabi de Adaka no asi; emu na apam a Yehowa ne yɛn agyanom yɛe bere a oyii wɔn fii Egypt asaase so no wɔ.”+
22 Afei Solomon kogyinaa Yehowa afɔremuka no anim wɔ Israel asafo no nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam kyerɛɛ ɔsoro.+ 23 Ɛnna ɔkae sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni ɔsoro ne asaase so a ɔte sɛ wo;+ wo na wokora apam so, na woda ɔdɔ a enni huammɔ adi+ kyerɛ wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa som wo no.+ 24 Wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid bɔ, na woama aba mu. Wo ara na wubuee w’ano hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ da yi wonam wo nsa so ama aba mu.+ 25 Enti afei, Yehowa, Israel Nyankopɔn, ɛbɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no, ma ɛmmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yiye na wɔsom me sɛnea woasom me yi a, ɛnde daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahengua so wɔ m’anim.’+ 26 O Israel Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma ɛbɔ a wohyɛɛ me papa, w’akoa Dawid no mmra mu.
27 “Enti Onyankopɔn betumi atena asaase so?+ Hwɛ! Ɔsoro ne ɔsoro mu soro mpo sua ma wo,+ na kampɛsɛ ofi a masi yi!+ 28 Nanso, O Yehowa me Nyankopɔn, dan w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na tie w’akoa sufrɛ ne mpae a merebɔ wɔ w’anim nnɛ yi. 29 Bue w’aniwa hwɛ ofi yi anadwo ne awia, faako a wokae sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’+ no, na tie mpae a w’akoa de n’ani kyerɛ ha bɔ no.+ 30 Sɛ w’akoa ne wo man Israel de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpae a, tie yɛn nkotosrɛ; sɛ edu w’asom wɔ wo tenabea a ɛwɔ soro no a, tie yɛn.+ Tie, na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn.+
31 “Sɛ onipa bi yɛ ne yɔnko bɔne, na ne yɔnko no ma ɔka ntam* na ntam* no de asodi to no so, na sɛ ɔba w’afɔremuka no anim wɔ ofi yi mu bere a waka ntam* no a,+ 32 ɛnde fi soro hɔ tie, na yɛ biribi fa bu wo nkoa no ntam atɛn; bu ɔbɔnefo no fɔ* ma nea ɔyɛe no mmegu ne ti so, na bu ɔtreneeni no bem* na dom no sɛnea ne trenee te.+
33 “Sɛ ɛba sɛ wo man Israel kɔ so yɛ wo bɔne, ma enti wodi nkogu wɔ atamfo anim,+ na sɛ wɔsan ba wo nkyɛn bɛhyɛ wo din anuonyam,+ na wɔbɔ mpae de wɔn nkotosrɛ ba w’anim wɔ ofi yi mu a,+ 34 ɛnde wo ara fi ɔsoro hɔ tie, na fa wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na san fa wɔn bra asaase a wode maa wɔn agyanom no so.+
35 “Sɛ bɔne a wɔkɔ so yɛ wo nti,+ ɔsoro mu to na osu antɔ,+ na brɛ a woabrɛ wɔn ase* nti, wɔsan fi wɔn bɔne ho de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpae na wɔkamfo wo din a,+ 36 ɛnde wo ara fi ɔsoro hɔ tie, na fa wo nkoa, wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na wo na wobɛkyerɛkyerɛ wɔn+ ɔkwampa a wɔmfa so. Ma osu ntɔ w’asaase a wode ama wo man sɛ wɔn agyapade no so.+
37 “Sɛ ɔkɔm na ɛbɛba asaase no so oo,+ sɛ nsanyare a edi awu na ɛbɛba oo, sɛ ɔhyew na ɛbɛma nnɔbae awuwu oo, sɛ ɔyare na ebesi wɔn mfuw so oo,+ sɛ ntutummɛ anaa mmebɛw na ɛbɛba oo, sɛ wɔn atamfo na wɔbɛtow ahyɛ wɔn nkurow* no biara so oo, ɔhaw anaa ɔyare biara a ɛbɛba wɔn so no,+ 38 mpaebɔ anaa nkotosrɛ biara+ a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa de bɛba w’anim no, (efisɛ obiara nim ne komam haw)+ sɛ wɔtrɛw wɔn nsam kyerɛ ofi yi a, 39 ɛnde wo ara fi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,+ na ma onipa biara akatua sɛnea n’akwan te,+ efisɛ wo na wunim ne komam (wo nko ara na wunim nea ɛwɔ ɔdasani biara komam);+ 40 ɛno bɛma wɔasuro wo, nna dodow a wobedi wɔ asaase a wode maa yɛn agyanom no so.
41 “Afei ɔhɔho a omfi wo man Israel mu mpo, sɛ wo din nti ofi akyirikyiri asaase so ba,+ 42 (efisɛ wo din kɛse ne wo nsa a ɛyɛ den ne wo basa a woateɛ mu no, nkurɔfo bɛte ho asɛm)+ na ɔde n’ani kyerɛ ofi yi bɔ mpae a, 43 ɛnde fi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ na yɛ ɔhɔho no abisade a ɔde ato w’anim nyinaa ma no, na ama asaase so aman nyinaa ahu wo din na wɔasuro wo+ sɛnea wo man Israel suro wo no, na wɔahu sɛ wo din da ofi a masi yi so.
44 “Sɛ wo man ne wɔn atamfo kɔko a, ɛmfa ho baabi a wobɛma wɔn akɔ no,+ sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ kurow a woapaw no,+ ne ofi a masi ama wo din no bɔ wo a wo din de Yehowa no mpae a,+ 45 ɛnde, fi ɔsoro hɔ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ na di wɔn asɛm ma wɔn.
46 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo (bɔne nso de, onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bi),+ na sɛ wo bo fuw wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no kyere wɔn kɔ asaase a ɛwɔ akyirikyiri anaa nea ɛbɛn so,+ 47 na sɛ wɔn ani ba wɔn ho so wɔ asaase a wɔkyeree wɔn kɔɔ so no so,+ na wɔsan ba wo nkyɛn+ bɛkotow srɛ wo wɔ asaase a wɔkyeree wɔn kɔɔ so no so+ na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne, yɛafom, na yɛadi amumɔyɛsɛm,’+ 48 na sɛ wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa san ba wo nkyɛn+ wɔ asaase a wɔn atamfo kyeree wɔn kɔɔ so no so, na sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ asaase a wode maa wɔn agyanom ne kurow a woapaw ne ofi a masi ama wo din no bɔ mpae a,+ 49 ɛnde fi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ, na di wɔn asɛm ma wɔn; 50 wo man a wɔayɛ wo bɔne no, fa wɔn bɔne a wɔayɛ wo nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔn asɛm nyɛ mmɔbɔ wɔ atamfo a wɔakyere wɔn no anim, na wonhu wɔn mmɔbɔ+ 51 (efisɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapade,+ na wo na wuyii wɔn fii Egypt;+ wuyii wɔn fii fononoo a wɔde nan dade no mu).+ 52 Ma w’ani mmra w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ so,+ na tie wɔn sufrɛ bere nyinaa.*+ 53 O Awurade Tumfo Yehowa, asaase so aman nyinaa mu no, wuyii wɔn de wɔn yɛɛ w’agyapade,+ sɛnea wonam w’akoa Mose so kae bere a wode yɛn agyanom fi Egypt reba no.”
54 Bere a Solomon wiee mpae a ɔbɔɔ Yehowa ne nkotosrɛ a ɔde kɔɔ n’anim yi nyinaa pɛ, ɔsɔre fii Yehowa afɔremuka no anim; ɛhɔ na na wabu nkotodwe atrɛw ne nsam akyerɛ ɔsoro.+ 55 Afei ɔsɔre gyinaa hɔ, na ɔde nne kɛse hyiraa Israel asafo no nyinaa sɛ: 56 “Ayeyi nka Yehowa a wama ne man Israel homebea sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no.+ Nneɛma pa a ɔnam n’akoa Mose so hyɛɛ ho bɔ no, ne nyinaa aba mu.+ 57 Yehowa yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi sɛnea odii yɛn agyanom akyi no.+ Mma ɔmmpo yɛn na mma onnnyaw yɛn.+ 58 Ma ɔnnan yɛn koma mmra ne nkyɛn+ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew n’akwan nyinaa so na yɛadi ne mmara nsɛm, n’ahyɛde, ne n’atemmusɛm so sɛnea ɔkae sɛ yɛn agyanom nyɛ no. 59 Na m’adesrɛ a mede ato Yehowa anim yi, ma Yehowa yɛn Nyankopɔn nkae awia ne anadwo, na da biara, ma onni n’akoa asɛm mma no na onni ne man Israel nso asɛm mma wɔn, sɛnea ɛsɛ; 60 ɛno bɛma asaase so aman nyinaa ahu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.+ N’akyi no, obiara nni hɔ bio!+ 61 Enti momfa koma a edi mu+ nsom Yehowa yɛn Nyankopɔn, na monnantew n’ahyɛde mu na munni ne mmara nsɛm so sɛnea moreyɛ nnɛ da yi.”
62 Afei ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ afɔre kɛse wɔ Yehowa anim.+ 63 Solomon de anantwi 22,000 ne nguan 120,000 na ɛbɔɔ asomdwoe afɔre+ no maa Yehowa. Enti ɔhene ne Israel nyinaa buee Yehowa fi no ano.+ 64 Saa da no, ɔhene yɛɛ Yehowa fi anim adiwo no mfinimfini hɔ kronkron, efisɛ ɛhɔ na na ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre no, na asomdwoe afɔre ho srade no nso, ɛhɔ na na ɔbɛhyew no; nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, kɔbere afɔremuka+ a ɛwɔ Yehowa anim no, na ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade+ a wɔrebɛhyew no nyinaa renkɔ so. 65 Saa bere no, Solomon ne Israel nyinaa dii afahyɛ no;+ ná wɔyɛ bagua kɛse a wofi Lebo-Hamat* hye so kosi Egypt Subon+ ano. Wodii no nnafua 7 wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim, na wodii nnafua 7 bio kaa ho ma ɛyɛɛ nnafua 14. 66 Da a edi hɔ* no, ogyaa ɔman no kwan, na wohyiraa ɔhene, na obiara kɔɔ ne fi, na nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nti, wɔde anigye ne akomatɔyam na ɛkɔe.+
9 Bere a Solomon wiee Yehowa fi ne ahemfi* no+ ne biribiara a ɛda Solomon koma so sɛ ɔbɛyɛ no ara pɛ,+ 2 Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon ne mprenu so sɛnea oyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ Gibeon no.+ 3 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ ne w’adesrɛ a wode too m’anim no. Mayɛ ofi a woasi yi kronkron de me din ato so kosi daa;+ mɛma m’ani aku ho na mahwɛ so daa.+ 4 Na wo, sɛ wode koma a edi mu+ som me na woyɛ adetrenee+ te sɛ wo papa Dawid,+ na woyɛ nea maka akyerɛ wo nyinaa,+ na wudi m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so a,+ 5 ɛnde me nso mɛma w’ahengua atim Israel so daa sɛnea mehyɛɛ wo papa Dawid bɔ no. Meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahengua so.’+ 6 Nanso sɛ wo ne wo mma dan mo akyi kyerɛ me, na moanni me mmara nsɛm ne m’ahyɛde a mede ama mo no so, na mokɔsom anyame foforo na mokotow wɔn a,+ 7 ɛnde me nso asaase a mede ama Israel no, metu wɔn afi so,+ na ofi a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew* adi ho fɛw wɔ aman nyinaa mu.+ 8 Na ofi yi bɛdan amamfo,+ na obiara a obetwam no behu ama ne ho adwiriw no, na wabɔ hwirema aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne ofi yi sɛɛ?’+ 9 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagyaw Yehowa, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn agyanom fii Egypt asaase so no ntia; wɔagyaw no hɔ akodi anyame foforo akyi, na wɔakotow asɔre wɔn. Ɛno nti na Yehowa de amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+
10 Solomon de mfe 20 na esii afi abien no, Yehowa fi ne ahemfi* no.+ 11 Tiro hene Hiram+ de sida nnua ne ɔpopaw nnua ne sika kɔkɔɔ dodow biara a Solomon pɛ bɛboaa no,+ ɛnna Ɔhene Solomon de nkurow 20 a ɛwɔ Galilea asaase so maa Hiram. 12 Enti Hiram fi Tiro kɔhwɛɛ nkurow a Solomon de maa no no, nanso n’ani annye ho. 13 Ɛnna obisaa no sɛ: “Me nua, nkurow bɛn na wode ama me yi?” Ɛno nti wɔafrɛ hɔ Kabul Asaase* de abesi nnɛ. 14 Hiram soma ma wɔde sika kɔkɔɔ dwetikɛse* 120 kɔmaa ɔhene.+
15 Apaafo+ a Ɔhene Solomon ma wosii Yehowa fi,+ n’ankasa fi,* Esiw no,*+ Yerusalem fasu, Hasor,+ Megido,+ ne Geser+ no ho nsɛm ni. 16 (Ná Egypt hene Farao akɔ Geser so akɔko agye kurow no de ogya ahyew, na Kaananfo+ a wɔtete kurow no mu nso, na wakunkum wɔn. Enti ɔde kurow no maa ne babea,+ Solomon yere no, de gyaa no kwan.*) 17 Solomon san kyekyee Geser, Anaafo Bet-Horon,*+ 18 Baalat,+ ne Tamar a ɛwɔ sare so wɔ n’asaase so, 19 na Solomon adekora nkurow nyinaa, nteaseɛnam nkurow,+ nkurow a ɔkyekye maa ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so, ne ɔdan biara a Solomon pɛe sɛ osi wɔ Yerusalem, Lebanon, ne nsaase a odi so nyinaa nso, ɔyɛɛ ho adwuma. 20 Nnipa a wɔaka a wofi Amorifo, Hitifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ mu a wɔnyɛ Israelfo no,+ 21 wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfo antumi ansɛe wɔn no, Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ nkoa de abesi nnɛ.+ 22 Israelfo de, Solomon amfa obiara anyɛ akoa amma wanyɛ adwuma amma no;+ mmom na wɔyɛ n’asraafo, n’asomfo, ne mpanyimfo, ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so. 23 Ná Solomon wɔ mpanyimfo so akunini 550; wɔn na na wɔdeda adwumayɛfo no ano.+
24 Farao babea+ no de, ofii Dawid Kurow mu+ kɔɔ ofi a wasi ama no no mu. Ɛno akyi na ɔhene kyekyee Esiw no.*+
25 Afe biara, na Solomon bɔ afɔre mprɛnsa+ wɔ afɔremuka a osi maa Yehowa no so,+ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Afei nso, na ɔhyew afɔrebɔde wɔ afɔremuka a ɛwɔ Yehowa anim no so. Enti owiee ofi no ho adwuma nyinaa.+
26 Ɔhene Solomon yeyɛɛ ahyɛn pii nso wɔ Esion-Geber.+ Ná ɛhɔ bɛn Elot wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ano wɔ Edom asaase so.+ 27 Hiram maa ne nkoa a wonim po so adwuma kɔkaa Solomon nkoa ho ne wɔn yɛɛ adwuma;+ wɔrekɔ no, wɔde po so ahyɛn kɔe. 28 Wɔkɔɔ Ofir,+ na wogyee sika kɔkɔɔ dwetikɛse 420 brɛɛ Ɔhene Solomon.
10 Afei Saba hemmaa tee sɛnea Yehowa ama Solomon agye din.+ Enti ɔbae sɛ ɔde nsɛmmisa a ɛkyere adwene* rebɛsɔ no ahwɛ.+ 2 Ɔde dɔm kɛse*+ ne yoma a wɔsoso balsam ngo+ ne sika kɔkɔɔ pii ne aboɔden abo baa Yerusalem. Ɔbaa Solomon nkyɛn, na ɔde biribiara a ɛda ne koma so too ɔhene anim. 3 Ɛnna Solomon nso buaa ne nsɛm no nyinaa; biribiara nni hɔ a ɛkyeree ɔhene so a wantumi ankyerɛ mu.
4 Bere a Saba hemmaa huu Solomon nyansa nyinaa,+ ofi a wasi,+ 5 nnuan a ɛwɔ ne pon so,+ sɛnea n’ahemfi mpanyimfo tete ne nkyɛn, n’asomfo a wɔsom wɔ pon ho ne wɔn ntaade, nsahyɛfo, ne ɔhyew afɔre a daa ɔbɔ wɔ Yehowa fi no, ɔhemmaa no ho dwiriw no papaapa.* 6 Enti ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo nyansa ne nea woayɛ ho nsɛm* a metee wɔ m’asaase so nyinaa yɛ nokware. 7 Mannye wɔn nsɛm no anni kosii sɛ m’ankasa mede m’aniwa behui; nea wɔka kyerɛɛ me no, anokwa, ennu wo nyansa ne w’ahonyade no fã mpo! Nea mabehu yi boro nea metee no so koraa. 8 Anigye ne wo nkurɔfo, na anigye ne wo nkoa a wogyina w’anim daa tie wo nyansa no!+ 9 Ayeyi nka Yehowa wo Nyankopɔn;+ ɔno na ayɛ no fɛ sɛ ɔde wo bɛtena Israel agua so. Yehowa dɔ Israel kosi daa, enti na wasi wo hene sɛ hwɛ ma atɛntrenee ne trenee nkɔ so no.”
10 Ɛnna ɔmaa ɔhene sika kɔkɔɔ dwetikɛse* 120, balsam ngo+ pii, ne aboɔden abo.+ Balsam ngo dodow a Saba hemmaa de maa Ɔhene Solomon no, obiara amfa bi amma saa bio.
11 Hiram ahyɛn a na ɛde sika kɔkɔɔ fi Ofir ba no,+ na ɛde algum nnua+ pii ne aboɔden abo+ nso fi Ofir ba. 12 Ɔhene de algum nnua yɛɛ nnyinaso wɔ Yehowa fi ne ahemfi* hɔ, na ɔde bi nso yɛɛ asanku ne asankuten maa nnwontofo no.+ Ebesi nnɛ, algum nnua a ɛte saa bi mmae da, na wonhuu ɛso bi bio.
13 Ɔhene Solomon nso de nea Saba hemmaa pɛ ne nea obisae nyinaa maa no; ɛsono nea Ɔhene Solomon ankasa yii ne yam de maa no.* Afei ɔhemmaa no san n’akyi kɔɔ n’asaase so, ɔne ne nkoa.+
14 Afe biara, sika kɔkɔɔ a na Solomon nya no, emu duru yɛ dwetikɛse 666;+ 15 ɛsono nea na akwantufo de ba, ne mfaso a na aguadifo no, Arabia ahemfo nyinaa, ne asaase no so amradofo de ba.
16 Ɔhene Solomon de sika kɔkɔɔ a wɔde dade afra yɛɛ akyɛm akɛse 200+ (ɔde sika kɔkɔɔ a emu duru yɛ nnwetɛbona* 600 guu akyɛm no biara ho),+ 17 na ɔde sika kɔkɔɔ a wɔde dade afra yɛɛ akyɛm nketewa* 300 (ɔde sika kɔkɔɔ mmɛnnaa* abiɛsa guu saa akyɛm no biara ho). Afei ɔhene de guu Lebanon Kwaefi hɔ.+
18 Ɔhene yɛɛ asonse* ahengua kɛse bi+ nso, na ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa.+ 19 Stɛps a ɛtoatoa so asia na na wɔforo kɔ ahengua no anim; wɔyɛɛ biribi te sɛ apata kurukuruwa wɔ ahengua no soro. Ná ahengua no wɔ nsa wɔ ha ne ha, na na wɔayɛ agyata+ abien gyinagyina nsa no ho. 20 Agyata 12 gyinagyina stɛps a ɛtoatoa so asia no so; stɛps biara, abien na egyina so. Baako wɔ ano ha, ɛnna baako nso wɔ ano ha. Ná wɔnyɛɛ bi saa da wɔ ahenni biara mu.
21 Nea Ɔhene Solomon nom mu nyinaa, wɔde sika kɔkɔɔ na ɛyɛe, na Lebanon Kwaefi+ hɔ nneɛma nyinaa, wɔde sika kɔkɔɔ amapa na ɛyɛe. Wɔamfa dwetɛ anyɛ emu biara, efisɛ na dwetɛ nka hwee wɔ Solomon bere so.+ 22 Nea ɛte ne sɛ, na ɔhene wɔ Tarsis+ ahyɛn pii wɔ po so a ɛne Hiram ahyɛn kɔ kwan so. Mfe abiɛsa biara, na Tarsis ahyɛn no de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, asonse,+ nkontromfi, ne piikɔk* ba.
23 Enti sɛ yɛreka ahonyade ne nyansa a, na asaase so hene biara nto Ɔhene Solomon.+ 24 Nnipa fi asaase so baabiara baa Solomon anim betiee nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne komam no.+ 25 Afe biara, na nkurɔfo de akyɛde brɛ no: dwetɛ ne sika kɔkɔɔ nneɛma, ntaade, akode, balsam ngo, apɔnkɔ, ne mfurumpɔnkɔ.
26 Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ* ano, na onyaa nteaseɛnam 1,400 ne apɔnkɔ* 12,000,+ na ɔde kɔɔ nteaseɛnam nkurow mu, na na ɛhɔ bɛn ɔhene wɔ Yerusalem.+
27 Ɔhene maa dwetɛ dɔɔso wɔ Yerusalem sɛ abo, na ɔmaa sida nnua dɔɔso sɛ sikamɔɔ nnua a ɛwɔ Sefela.+
28 Solomon apɔnkɔ no, wɔkra fii Egypt; ná ɔhene aguadifo no kɔtɔ apɔnkɔ* no akuwakuw tua bo a wɔatwa ato so.+ 29 Nteaseɛnam a wɔkra fii Egypt no, na ebiara bo yɛ nnwetɛbona 600, na ɔpɔnkɔ nso bo yɛ nnwetɛbona 150. Ná wɔn nso kɔtɔn ma Hitifo+ ahemfo ne Siria ahemfo.
11 Ɔhene Solomon dɔɔ aman foforo so mmea+ bebree kaa Farao babea+ no ho. Ná mmea no fi Moab,+ Ammon,+ Edom, Sidon,+ ne Hitifo+ mu. 2 Aman a wofi mu no, na Yehowa aka akyerɛ Israelfo sɛ: “Monnkɔ wɔn mu,* na mommma wɔn nso mmma mo mu, efisɛ sɛnea ɛte biara wɔbɛdan mo koma ama moakodi anyame foforo akyi.”+ Nanso Solomon de ne ho kɔbataa wɔn ho dɔɔ wɔn. 3 Onyaa yerenom 700 a wɔyɛ adehye, ne mpenafo* 300, na ne yerenom de nkakrankakra dan ne koma.* 4 Solomon nkwakoraabere mu+ no, ne yerenom dan ne koma kodii anyame foforo akyi;+ wamfa koma a edi mu ansom Yehowa ne Nyankopɔn te sɛ ne papa Dawid. 5 Solomon kodii Sidonfo nyamebea Astoret,+ ne Ammonfo bosom fĩ Milkom+ akyi. 6 Na Solomon yɛɛ Yehowa ani so bɔne, na wanni Yehowa akyi ankosi ase sɛnea ne papa Dawid yɛe no.+
7 Saa bere no, Solomon sii sorɔnsorɔmmea*+ maa Moabfo bosom fĩ Kemos wɔ bepɔw a ɛwɔ Yerusalem anim no so, na osii bi nso maa Ammonfo bosom+ fĩ Molek.+ 8 Saa ara na ɔyɛ maa ne yerenom a wofi aman foforo so a wɔhyew afɔrebɔde na wɔbɔɔ afɔre maa wɔn anyame no nyinaa.
9 Yehowa bo fuw Solomon, efisɛ ne koma dan fii Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a oyii ne ho adi kyerɛɛ no mprenu+ no ho. 10 Ná wabɔ no kɔkɔ wɔ eyi ho sɛ mma onnkodi anyame foforo akyi,+ nanso wanni Yehowa asɛm so. 11 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Esiane sɛ woayɛ eyi na woanni m’apam ne m’ahyɛde so nti, nea ɛte biara mehwim ahenni no afi wo nsam, na w’akoa na mede bɛma no.+ 12 Nanso wo papa Dawid nti, merenyɛ eyi wɔ wo bere so. Wo ba nsam na mehwim afi.+ 13 Mmom ɛnyɛ ahenni no nyinaa na mehwim.+ M’akoa Dawid ne Yerusalem a mapaw+ nti, mede abusuakuw baako bɛma wo ba.”+
14 Ɛnna Yehowa maa obi a wɔfrɛ no Hadad sɔre tiaa Solomon.+ Ná ɔyɛ Edomni a ofi Edom+ adehye abusua mu. 15 Bere bi a Dawid dii Edomfo so nkonim+ a ɔsahene Yoab kɔe sɛ ɔrekosie wɔn a wɔawuwu no, ofii ase kunkum Edom mmarima nyinaa. 16 (Abosome asia na Yoab ne Israel nyinaa dii wɔ hɔ kosii sɛ okunkum Edom mmarima nyinaa.) 17 Nanso Hadad ne Edom mmarima bi a wɔyɛ ne papa nkoa guan kɔɔ Egypt; saa bere no, na Hadad yɛ abarimaa. 18 Ɔne wɔn fi Midian* kɔɔ Paran, na wɔfaa mmarima fii Paran+ ne wɔn kɔɔ Egypt hene Farao nkyɛn wɔ Egypt, na ɔno nso maa no ofi. Bio nso, ɔyɛɛ nhyehyɛe a wɔde bɛma no aduan, na ɔmaa no asaase nso. 19 Farao bɛpɛɛ Hadad asɛm paa, enti ɔmaa no ɔyere; ɔde ne yere ɔhemmaa* Tapenes nuabea maa no. 20 Akyiri yi, ɔne Tapenes nuabea no woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Genubat; Farao fi na Tapenes tetee abofra no,* na Genubat ne Farao mma tenaa Farao fi hɔ.
21 Bere a Hadad wɔ Egypt no, ɔtee sɛ Dawid ne n’agyanom akɔda,+ na ɔsahene Yoab nso awu.+ Enti Hadad ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Gya me kwan ma menkɔ me kurom.” 22 Nanso Farao bisaa no sɛ: “Wote me nkyɛn yi, dɛn na ehia wo a enti afei de wopɛ sɛ wokɔ wo kurom?” Ɛnna obuae sɛ: “Hwee nhia me, nanso mesrɛ wo, gya me kwan ma menkɔ.”
23 Onyankopɔn maa Eliada ba Reson nso sɔre tiaa Solomon.+ Ná ɔyɛ Soba hene Hadadeser+ akoa a waguan. 24 Bere bi a Dawid dii Sobafo so nkonim* no,+ Reson boaboaa mmarima bi ano baa ne nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ nnipabɔnefo dɔm no so panyin. Enti wɔkɔɔ Damasko+ kɔtenaa hɔ, na wodii ade wɔ Damasko. 25 Sɛnea Hadad teetee Israel no, Solomon nna nyinaa mu no, Reson nso sɔre tiaa wɔn; bere a odi ade wɔ Siria no, na okyi Israel kɔkɔkɔkɔ.
26 Efraimni Nebat a ofi Sereda no ba Yeroboam+ nso tew atua tiaa* Solomon.+ Ná ɔyɛ Solomon akoa,+ na na ne maame yɛ okunafo a ne din de Serua. 27 Nea enti a ɔtew atua tiaa ɔhene ni: Ná Solomon akyekye Esiw no,*+ na na wahyɛ ne papa Dawid Kurow no+ den. 28 Ná Yeroboam yɛ ɔbarima a ɔbɔ ne ho mmɔden. Solomon hui sɛ aberante no yɛ obi a ɔpɛ adwuma, enti ɔyɛɛ no Yosef fi apaafo nyinaa sohwɛfo.+ 29 Saa bere no ara mu na Yeroboam pue fii Yerusalem, na Siloni Ahiya+ a ɔyɛ odiyifo no hyiaa no wɔ kwan so; ná Ahiya hyɛ ataade foforo, na na obiara nka wɔn baanu ho wɔ wuram hɔ. 30 Ɛnna Ahiya soo ataade foforo a ɛhyɛ no no mu, na osunsuan mu asinasin 12. 31 Na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ:
“Yi asinasin du na fa, na nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Mehwim ahenni no afi Solomon nsam, na mede mmusuakuw du bɛma wo.+ 32 Nanso m’akoa Dawid+ ne Yerusalem kurow a mapaw afi Israel mmusuakuw nyinaa mu+ nti, megyaw abusuakuw baako ama no.+ 33 Nea enti a mereyɛ saa ne sɛ, me nkurɔfo agyaw me+ akɔkotow Sidonfo nyamebea Astoret ne Moabfo nyame Kemos ne Ammonfo nyame Milkom; wɔannantew m’akwan so anyɛ nea ɛteɛ wɔ m’ani so, na wɔanni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so te sɛ ne papa Dawid. 34 Mmom merennye ahenni no nyinaa mfi ne nsam; m’akoa Dawid a mapaw no nti,+ mɛma wakɔ so ayɛ otitiriw ne nkwa nna nyinaa, efisɛ ɔno de, odii me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so. 35 Nanso megye ahenni no afi ne ba nsam ama wo; mmusuakuw du na mede bɛma wo.+ 36 Sɛnea ɛbɛyɛ a daa m’akoa Dawid benya kanea* wɔ m’anim wɔ Yerusalem,+ kurow a mapaw de me din ato so no mu nti, mede abusuakuw baako bɛma ne ba. 37 Mapaw wo, na wubedi nea wopɛ* biara so; wubedi Israel so hene. 38 Sɛ wudi me nsɛm nyinaa so, na wonantew m’akwan so yɛ nea ɛteɛ m’ani so, na wudi m’ahyɛde ne me mmara nsɛm nyinaa so sɛnea m’akoa Dawid yɛe no+ a, ɛnde me nso medi w’akyi, na mɛkyekye ofi ama wo daa, sɛnea makyekye bi ama Dawid no,+ na mede Israel bɛma wo. 39 Eyi nti mɛbrɛ Dawid asefo ase,+ nanso ɛrenyɛ saa daa.’”+
40 Ɛno nti Solomon pɛe sɛ okum Yeroboam. Ɛnna Yeroboam guan kɔɔ Egypt hene Sisak+ nkyɛn, na ɔtenaa Egypt+ kosii sɛ Solomon wui.
41 Solomon ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe nyinaa ne ne nyansa no, wɔakyerɛw wɔ Solomon ho abakɔsɛm nhoma no mu.+ 42 Mfe* dodow a Solomon dii Israel nyinaa so hene wɔ Yerusalem no yɛ mfe 40. 43 Afei Solomon ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ ne papa Dawid Kurow mu, na ne ba Rehoboam+ bedii n’ade.
12 Rehoboam kɔɔ Sekem. Ná Israelfo nyinaa aba Sekem+ sɛ wɔrebesi no hene.+ 2 Nebat ba Yeroboam tee nea asi. (Saa bere no, Ɔhene Solomon nti, na waguan akɔtena Egypt.)+ 3 Ɛnna wɔsoma kɔfrɛɛ no bae. Ɛno akyi no, Yeroboam ne Israel asafo no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: 4 “Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru.+ Sɛ woma adwuma dennen a wo papa ma yɛyɛe ne kɔndua duruduru a ɔde too yɛn so no mu yɛ hare a, yɛbɛsom wo.”
5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, na edi nnansa a, monsan mmra.” Enti nkurɔfo no fii n’anim kɔe.+ 6 Afei Ɔhene Rehoboam ne mpanyimfo a ne papa Solomon te ase no na wɔsom no no kotuu agyina sɛ: “Afotu bɛn na mowɔ ma me na minhu nea mɛka akyerɛ nkurɔfo no?” 7 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛnnɛ wopene so sɛ wobɛsom nkurɔfo yi ayɛ wɔn abisade ama wɔn, na woka asɛmpa kyerɛ wɔn a, ɛnde wɔbɛsom wo daa.”
8 Nanso wamfa mpanyimfo no afotu no; mmom ɔne mmerante a ɔne wɔn sii so a na wɔabɛyɛ n’asomfo no kotuu agyina.+ 9 Obisaa wɔn sɛ: “Afotu bɛn na mowɔ ma me na yɛahu nea yɛbɛka akyerɛ nkurɔfo no? Asɛm a wɔde bae ne sɛ, ‘Ma kɔndua duruduru a wo papa de too yɛn so no mu nyɛ hare.’” 10 Ɛnna mmerante a ɔne wɔn sii so no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkurɔfo a wɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo de, ma emu nyɛ hare mma yɛn’ no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me nsateaa ketewa mpo bɛyɛ kɛse asen me papa sisi. 11 Me papa de kɔndua a emu yɛ duru soaa mo, na me de, mɛma emu ayɛ duru asen saa. Me papa de abaa* na ɛhwee mo, na me de, mede abaa a nsɔe wɔ ho na ɛbɛhwe mo.’”
12 Sɛnea Rehoboam kae sɛ, “Monkɔ, na edi nnansa a monsan mmra” no, Yeroboam ne nkurɔfo no nyinaa baa ɔhene nkyɛn ne nnansa so.+ 13 Nanso ɔhene ne wɔn ankasa abodwo so; wamfa mpanyimfo no afotu a wɔde maa no no. 14 Sɛnea mmerante no tuu no fo no, saa ara na ɔne ɔman no kasae. Ɔkae sɛ: “Me papa maa mo kɔndua yɛɛ duru, nanso me de, mede bi bɛka mo kɔndua no ho. Me papa de abaa na ɛhwee mo, na me de, mede abaa a nsɔe wɔ ho na ɛbɛhwe mo.” 15 Enti ɔhene antie nkurɔfo no; Yehowa na ɔma ɛbaa saa,+ sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm a Yehowa nam Siloni Ahiya so ka kyerɛɛ+ Nebat ba Yeroboam no bɛba mu.
16 Bere a Israel nyinaa hui sɛ ɔhene no antie wɔn no, wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Dɛn na yɛne Dawid wɔ yɛ? Yɛrennya hwee mpo mfi ne hɔ. Ma Yese ba no mfa n’agyapade. Israelfo ee, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn! Afei Dawid, wo ara hwɛ wo fi.” Ɛnna Israelfo nyinaa kɔɔ wɔn afi mu.*+ 17 Nanso Israelfo a wɔtete Yuda nkurow mu no de, Rehoboam kɔɔ so dii wɔn so.+
18 Ɛno akyi no, Ɔhene Rehoboam somaa Adoram+ a ɔhwɛ apaafo so no, nanso Israelfo nyinaa siw no abo kum no. Ɔhene Rehoboam de, otumi foro kɔtenaa ne teaseɛnam mu guan kɔɔ Yerusalem.+ 19 Atua a Israelfo tewee+ wɔ Dawid fi so no, atoa so abesi nnɛ.
20 Bere a Israelfo nyinaa tee sɛ Yeroboam asan aba no, ntɛm ara na wɔsoma kɔfrɛɛ no baa asafo no anim, na wosii no hene wɔ Israel nyinaa so.+ Obiara anni Dawid fi akyi bio, gye Yuda abusuakuw no.+
21 Bere a Rehoboam beduu Yerusalem no, ntɛm ara na ɔboaboaa Yuda fi ne Benyamin abusuakuw mu akatakyi a wonim ko* nyinaa ano sɛ wɔne Israel fi rekɔko na wɔasan adan ahenni no ama Solomon ba Rehoboam; ná wɔyɛ akatakyi 180,000.+ 22 Ɛnna nokware Nyankopɔn no ka kyerɛɛ ne diyifo* Semaia+ sɛ: 23 “Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam a ɔyɛ Yuda hene no, ne Yuda fi nyinaa, ne Benyamin abusuakuw, ne ɔman no nyinaa sɛ, 24 ‘Nea Yehowa aka ni: “Monhwɛ na mo ne mo nuanom Israelfo no ankɔko. Obiara nsan nkɔ ne fi, na me na mama aba saa.”’”+ Enti wotiee Yehowa asɛm, na wɔsan kɔɔ wɔn afi mu sɛnea Yehowa kae no.
25 Afei Yeroboam san kyekyee Sekem*+ wɔ Efraim mmepɔw so, na ɔtenaa hɔ. Ofii hɔ san kɔkyekyee Penuel.+ 26 Yeroboam kae wɔ ne komam sɛ: “Anhwɛ a ahenni no bɛsan akodi Dawid fifo nsam.+ 27 Sɛ ɔmanfo yi toa so kɔ Yerusalem kɔbɔ afɔre wɔ Yehowa fi hɔ a,+ wɔn koma bɛsan adan akodi wɔn wura, Yuda hene Rehoboam akyi; wobekum me mpo, na wɔasan akodi Yuda hene Rehoboam akyi.” 28 Enti ɔhene ne ne nkurɔfo tuu agyina, na ɔyɛɛ sika anantwi mma abien,+ ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Ɛyɛ den dodo sɛ mobɛkɔ Yerusalem. Israelfo, mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt asaase so no ni.”+ 29 Ɔde baako sii Betel,+ na ɔde baako a aka no nso sii Dan.+ 30 Eyi ma wɔyɛɛ bɔne,+ na Dan a ɛwɔ akyirikyiri no mpo, ɔman no kɔsom ɛhɔ de no.
31 Na osisii abosom adan wɔ sorɔnsorɔmmea,* na ɔpaw ɔmanfo a wɔnyɛ Lewifo yɛɛ wɔn asɔfo.+ 32 Afei nso, Yeroboam ma wofii ase dii afahyɛ wɔ bosome a ɛto so awotwe no da a ɛto so 15 no mu, te sɛ afahyɛ a wodi wɔ Yuda no.+ Afɔremuka a osii wɔ Betel no,+ ɔbɔɔ afɔre wɔ so maa anantwi mma a ɔyɛe no, na ɔmaa asɔfo a ɔpaw wɔn no somee wɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Betel no. 33 Enti bosome a ɛto so awotwe no da a ɛto so 15 no, ofii ase bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka a osii wɔ Betel no so; saa bosome no, ɔno ara na ɔpawee. Ɔmaa Israelfo dii afahyɛ, na ɔforo kɔbɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no so.
13 Bere a Yeroboam gyina afɔremuka no+ ho rehyew afɔrebɔde no, Onyankopɔn nipa bi+ a Yehowa asoma no fi Yuda baa Betel. 2 Ɛnna ɔteɛɛm kaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ afɔremuka no sɛ: “O afɔremuka, afɔremuka! Nea Yehowa aka ni: ‘Hwɛ! Wɔbɛwo ɔbabarima wɔ Dawid fi, na wɔbɛfrɛ no Yosia!+ Ɔde sorɔnsorɔmmea* asɔfo a wɔbɔ wo so afɔre no bɛbɔ afɔre wɔ wo so, na ɔbɛhyew nnipa nnompe wɔ wo so.’”+ 3 Saa da no, ɔde too gua sɛ sɛnkyerɛnne* bi besi. Ɔkae sɛ: “Sɛnkyerɛnne* a Yehowa aka sɛ ebesi ni: Hwɛ! Afɔremuka no mu bɛpae, na emu nsõ* bɛbɔ apete.”
4 Bere a Ɔhene Yeroboam tee nokware Nyankopɔn nipa no asɛm a ɔka tiaa Betel afɔremuka no, ntɛm ara na Yeroboam yii ne nsa fii afɔremuka no so teɛɛ ne nsa kae sɛ: “Monkyere no!”+ Ɛhɔ ara, ne nsa a ɔde kyerɛɛ no so no sinsenee,* na wantumi anka anto ne ho.+ 5 Sɛnea nokware Nyankopɔn nipa no kaa Yehowa anom asɛm sɛ sɛnkyerɛnne* bi besi no, ampa-ne-ampa ara afɔremuka no mu paee, na nsõ a ɛwɔ afɔremuka no so no bɔ petee.
6 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Mesrɛ wo, pa Yehowa wo Nyankopɔn kyɛw ma me, na bɔ mpae ma me, na me nsa no nyɛ yiye.”+ Enti nokware Nyankopɔn nipa no paa Yehowa kyɛw, na ɔhene nsa no yɛɛ yiye, na ɛyɛɛ sɛnea na ɛte kan no. 7 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Ma yɛnkɔ fie na kodidi, na menkyɛ wo ade.” 8 Nanso nokware Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ wode wo fi fã mpo ma me a, me ne wo renkɔ, na merennidi* na merennom nsu wɔ ha. 9 Efisɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Nnidi,* na nnom nsu, na ɔkwan a wobɛfa so akɔ no, nsan mfa so mma.’” 10 Enti osiim faa ɔkwan foforo so, na ɔkwan a ɔnam so baa Betel no, wansan amfa so.
11 Ná odiyifo akwakoraa bi te Betel, na ne mma kɔɔ fie kɔkaa nea nokware Nyankopɔn nipa no yɛe wɔ Betel saa da no nyinaa kyerɛɛ no. Nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔhene no nso, wɔka kyerɛɛ wɔn papa. 12 Ɛnna wɔn papa bisaa wɔn sɛ: “Ɛhe na ɔfa kɔe?” Enti ne mma no kyerɛɛ no ɔkwan a nokware Nyankopɔn no nipa a ofi Yuda bae no faa so kɔe. 13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Monhyehyɛ afurum no mma me.” Enti wɔhyehyɛɛ afurum no maa no, na ɔtenaa so.
14 Otiw nokware Nyankopɔn nipa no kɔtoo no sɛ ɔte dua kɛse bi ase. Ɛnna obisaa no sɛ: “Wone nokware Nyankopɔn no nipa a ofi Yuda bae no?”+ Na obuae sɛ: “Ɛyɛ me.” 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnkɔ fie na kodidi.”* 16 Nanso ɔkae sɛ: “Merentumi ntie wo ne wo nkɔ, na merentumi ne wo nnidi* nnom nsu wɔ ha. 17 Efisɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Nnidi,* na nnom nsu wɔ hɔ. Ɔkwan a wobɛfa so akɔ no, nsan mfa so mma.’” 18 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me nso meyɛ odiyifo te sɛ wo ara, na ɔbɔfo bi bɛkaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ me sɛ, ‘Ma ɔnsan ne wo mmra wo fi na ommedidi na ɔnnom nsu.’” (Ɔdaadaa no.) 19 Enti ɔne no kɔe sɛ ɔrekodidi* na wanom nsu wɔ ne fi.
20 Bere a wɔte pon ho no, Yehowa kasa kyerɛɛ odiyifo akwakoraa no, 21 na ɔteɛɛm ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no nipa a ofi Yuda bae no sɛ: “Nea Yehowa aka ni: ‘Esiane sɛ woabu Yehowa asɛm so na woanni Yehowa wo Nyankopɔn mmara so, 22 na woasan w’akyi akodidi* na woanom nsu wɔ beae a ɔka kyerɛɛ wo sɛ: “Nnidi,* na nnom nsu wɔ hɔ” no nti, wo funu renkɔ w’agyanom amusiei.’”+
23 Bere a nokware Nyankopɔn nipa no didi* nom wiei no, odiyifo akwakoraa a ɔsan de no bae no hyehyɛɛ afurum maa no. 24 Enti osiim kɔe, nanso gyata tow hyɛɛ no so wɔ kwan so kum no,+ na na ne funu da ɔkwan no mu. Ná afurum no gyina funu no ho, na na gyata no nso gyina ho. 25 Nkurɔfo a wɔretwam hui sɛ funu no da ɔkwan no mu na gyata no gyina ho. Enti wɔbɛbɔɔ amanneɛ wɔ odiyifo akwakoraa no kurom hɔ.
26 Bere a odiyifo a ɔde no san fi ɔkwan no so bae no tee asɛm no, ɛhɔ ara na ɔkae sɛ: “Ɛyɛ nokware Nyankopɔn no nipa a obuu Yehowa asɛm so no;+ ɛno nti na Yehowa de no maa gyata sɛ ɔntow nhyɛ no so nkum no, sɛnea Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ no no te.”+ 27 Afei ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Monhyehyɛ afurum no mma me.” Na wɔhyehyɛ maa no. 28 Osiim kɔe, na okohui sɛ funu no da ɔkwan no mu, na afurum no ne gyata no gyinagyina ho. Ná gyata no nwee funu no, na afurum no nso, na gyata no nyɛɛ no hwee. 29 Odiyifo no maa nokware Nyankopɔn nipa no funu so de too afurum no so, na ɔsan de no baa ne kurom sɛ ɔrebesu no na wasie no. 30 Enti ɔde ne funu no bɛtoo n’ankasa amusiei, na wosuu no sɛ: “Due, me nua!” 31 Osiee no wiei no, ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Sɛ miwu a, munsie me wɔ amusiei a wosiee nokware Nyankopɔn nipa no. Ne nnompe ho na momfa me nnompe ngu.+ 32 Yehowa asɛm a ɔnam no so ka tiaa afɔremuka a ɛwɔ Betel ne Samaria nkurow mu abosom adan a ɛwowɔ sorɔnsorɔmmea no,+ ne nyinaa bɛba mu.”+
33 Asɛm yi akyi mpo, Yeroboam ansan amfi ne kwammɔne ho; mmom ɔkɔɔ so paw ɔmanfo no mu biara kɛkɛ yɛɛ wɔn sorɔnsorɔmmea asɔfo.+ Obiara a n’ani gye ho no, ɔma ɔyɛɛ ɔsɔfo,* na ɔkae sɛ: “Ma ɔno nso nyɛ sorɔnsorɔmmea sɔfo.”+ 34 Bɔne a ɛkɔɔ so wɔ Yeroboam fi+ yi de ɔsɛe baa wɔn so ma wɔtɔree wɔn ase fii asaase so.+
14 Saa bere no, Yeroboam ba Abia yaree. 2 Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Mesrɛ wo, sɔre na siesie wo ho sɛnea obiara renhu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo. Hwɛ! Odiyifo Ahiya wɔ hɔ. Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛyɛ ɔman yi hene.+ 3 Fa paanoo du ne keeki, na fa ɛwo gu toa mu, na kohu no. Ɔbɛka nea ɛbɛto abofra no akyerɛ wo.”
4 Yeroboam yere yɛɛ saa. Ɔsɔre kɔɔ Ahiya fi wɔ Silo.+ Saa bere no, na Ahiya ani gu so kwa; onyin nti, na onhu ade.
5 Nanso na Yehowa adi kan aka akyerɛ Ahiya sɛ: “Yeroboam yere reba wo nkyɛn abebisa ne ba ho asɛm afi wo hɔ, efisɛ abofra no yare. Mɛkyerɛ wo nea ka kyerɛ no.* Sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ ne ho sɛ obi foforo.”
6 Bere a Ahiya tee ɔbea no nan ase wɔ ne kwan ano no, ɛhɔ ara na ɔkae sɛ: “Yeroboam yere, bra mu. Adɛn nti na woayɛ wo ho sɛ obi foforo? Wɔasoma me sɛ menka asɛm a ano yɛ den nkyerɛ wo. 7 Kɔ na kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ, ‘Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: “Miyii wo fii wo nkurɔfo mu sɛ di me man Israel anim.+ 8 Ɛnna mihwim ahenni no fii Dawid fi de maa wo,+ nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a odii me mmara nsɛm so na ɔde ne koma nyinaa dii m’akyi, na nea ɛteɛ nkutoo na ɔyɛe wɔ m’anim no.+ 9 Woayɛ bɔne asen wɔn a wodii wo kan nyinaa, na woayɛ nyame foforo ne dade ahoni* de ahyɛ me abufuw;+ woadan w’akyi akyerɛ me.+ 10 Eyi nti mede mmusu reba Yeroboam fi so, na Yeroboam fi barima* biara, mekum no,* Israel nipahunu a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, mekum no. Mɛpra Yeroboam fi nyinaa atow agu+ sɛnea obi pra nantwibin kɔtow gu no. 11 Yeroboam ho nipa biara a obewu wɔ kurom no, nkraman na ebedi ne nam, na nea obewu wɔ wuram no, ewim nnomaa na ebedi ne nam, efisɛ Yehowa na waka.”’
12 “Enti sɔre na kɔ wo fi. Sɛ wudu kurow no mu a, abofra no bewu. 13 Israel nyinaa besu no na wɔasie no. Ɔno nkutoo ne obi a ɔwɔ Yeroboam abusua mu a wobesie no, efisɛ Yeroboam fi nyinaa, ɔno nko ara na Yehowa, Israel Nyankopɔn ahu adepa bi wɔ ne ho. 14 Da bi reba a Yehowa bɛpaw ɔhene bi abedi ade wɔ Israel, na ɔbɛsɛe Yeroboam fi;*+ saa da no adu awie. 15 Abosonnua*+ a Israel ayeyɛ de ahyɛ Yehowa abufuw nti, Yehowa bɛbɔ wɔn ahwe hɔ ma wɔayɛ sɛ demmire* a ɛrehinhim wɔ nsu mu. Obetu Israel ase afi asaase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so,+ na ɔbɛbɔ wɔn ahwete akosi Asubɔnten no* agya.+ 16 Na Yeroboam bɔne a wayɛ a ama Israel nso ayɛ bɔne nti, ɔbɛpo Israel.”+
17 Ɛnna Yeroboam yere sɔre siim kɔɔ Tirsa. Bere a ɔreyɛ adu ofi no kwan ano no, abofra no wui. 18 Enti wosiee no, na Israel nyinaa suu no, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa odiyifo Ahiya so kae no baa mu.
19 Yeroboam ho nsɛm a aka, n’akodi+ ne sɛnea odii ade no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 20 Mfe* dodow a Yeroboam de dii hene no si mfe 22, na ɛno akyi no, ɔne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Nadab bedii n’ade.+
21 Solomon ba Rehoboam nso dii hene wɔ Yuda. Bere a Rehoboam bedii hene no, na wadi mfe 41, na odii ade mfe 17 wɔ Yerusalem; ɛhɔ ne Israel mmusuakuw no nyinaa kurow a Yehowa pawee+ sɛ ne din ntena.+ Rehoboam maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+ 22 Na Yuda kɔɔ so yɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na nneɛma bɔne a wɔyɛe no hyɛɛ no abufuw mpo kyɛn wɔn agyanom de.+ 23 Wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea,* abosom adum, ne abosonnua*+ wɔ nkoko atenten nyinaa so+ ne nnua kusuu nyinaa bi ase.+ 24 Wokɔ asaase no so a, na tuutuufo mmarima nso wɔ asɔrefi hɔ.+ Akyiwade a aman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim no yɛe no, wɔyɛɛ ne nyinaa bi.
25 Ɔhene Rehoboam ahenni afe a ɛto so anum mu no, Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so.+ 26 Ɔfaa Yehowa fi akorade ne ahemfi* hɔ akorade no.+ Ɔfaa biribiara; sika kɔkɔɔ akyɛm a Solomon yɛe no nso, ɔfaa ne nyinaa.+ 27 Ɛno nti Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii ananmu, na ɔde hyɛɛ ahemfi* pon ano awɛmfo* no mpanyimfo nsa. 28 Bere biara a ɔhene bɛba Yehowa fi hɔ no, awɛmfo no kɔfa kurakura, na ɛno akyi no wɔsan de kɔ awɛmfo dan no mu.
29 Rehoboam ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu.+ 30 Ntɔkwaw ampa Rehoboam ne Yeroboam ntam da.+ 31 Rehoboam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kurow mu.+ Ne maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+ Ne ba Abiam*+ bedii n’ade.
15 Nebat ba Ɔhene Yeroboam ahenni afe a ɛto so 18 mu no,+ Abiam bedii Yuda so hene.+ 2 Odii hene mfe abiɛsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Maaka,+ na na ɔyɛ Abisalom banana. 3 Nneɛma bɔne a ne papa yɛe nyinaa, ɛno ara bi na ɔno nso yɛe; ne koma anni mu wɔ Yehowa ne Nyankopɔn ho te sɛ ne nana Dawid. 4 Nanso Dawid nti,+ Yehowa ne Nyankopɔn ma onyaa kanea* wɔ Yerusalem+ bere a ɔmaa ne ba bedii n’ade na ɔmaa Yerusalem gyinae no. 5 Nea ɛte ne sɛ, Dawid yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so, na biribiara a ɔka kyerɛɛ no no, ne nkwa nna nyinaa wannan amfi ho, gye Hitini Uria asɛm no nko ara mu.+ 6 Rehoboam nkwa nna nyinaa, ntɔkwaw ampa ɔne Yeroboam ntam da.+
7 Abiam ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu.+ Ntɔkwaw bɛdaa Abiam ne Yeroboam nso ntam.+ 8 Abiam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Dawid Kurow mu, na ne ba Asa+ bedii n’ade.+
9 Israel hene Yeroboam ahenni afe a ɛto so 20 mu no, Asa bedii Yuda so hene. 10 Odii hene mfe 41 wɔ Yerusalem; ne nanabea din de Maaka,+ na na ɔyɛ Abisalom banana. 11 Asa yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so+ te sɛ ne nana Dawid. 12 Tuutuufo mmarima a wɔwɔ asɔrefi hɔ no, otuu wɔn fii asaase no so,+ na oyiyii abosom fĩ* a n’agyanom yeyɛe no nyinaa.+ 13 Ne nanabea Maaka+ mpo, otuu no ade so, na wamma wanyɛ ɔbaapanyin bio, efisɛ na wayɛ ohoni tantan bi+ a wɔde som abosonnua.* Asa twaa ohoni tantan no, na ɔkɔhyewee wɔ Kidron Bon+ mu. 14 Mmom sorɔnsorɔmmea* no de, ɛkaa hɔ.+ Nanso Asa nkwa nna* nyinaa, na ne koma di mu wɔ Yehowa ho. 15 Na ɔde nneɛma a ɔne ne papa yɛɛ no kronkron no baa Yehowa fi hɔ; dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no.+
16 Ntɔkwaw ampa Asa ne Israel hene Baasa+ ntam da. 17 Enti Israel hene Baasa baa Yuda so, na ofii ase sɛ ɔresan akyekye Rama+ kurow no* sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rentumi mfi Yuda hene Asa nkyɛn mma anaa obiara rentumi nkɔ ne nkyɛn.*+ 18 Ɛnna Asa de Yehowa fi ne ahemfi* akorade mu dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a aka nyinaa maa n’asomfo, na Ɔhene Asa somaa wɔn kɔɔ Tabrimon ba Hesion ba Siria hene Ben-Hadad+ a ɔte Damasko no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 19 “Apam* da me ne wo ntam, ne me papa ne wo papa ntam. Merebɛkyɛ wo dwetɛ ne sika kɔkɔɔ. Bra na betwa apam* a wo ne Israel hene Baasa ayɛ no mu na omfi me so nkɔ.” 20 Ben-Hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa n’asahene kɔɔ Israel nkurow so, na wɔko faa Eyon,+ Dan,+ Abel-Bet-Maaka, ne Kineret ne Naftali nsaase nyinaa. 21 Bere a Baasa tee no, ntɛm ara na ogyaee Rama kyekye,* na ɔtenaa Tirsa.+ 22 Ɛnna Ɔhene Asa boaboaa Yuda nyinaa ano, wanyi obiara amfi mu, na wɔkɔsesaw abo ne nnua a na Baasa de rekyekye Rama no, na Ɔhene Asa de kɔkyekyee Geba+ a ɛwɔ Benyamin, ne Mispa.*+
23 Asa ho nsɛm a aka nyinaa, ne nnwuma akɛse ne nea ɔyɛe nyinaa ne nkurow a ɔkyekyee* no, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. Nanso ne nkwakoraabere mu no, ɔyaree ne nan.+ 24 Na Asa ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kurow mu, na ne ba Yehosafat+ bedii n’ade.
25 Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so abien mu no, Yeroboam ba Nadab+ bedii Israel so hene, na odii Israel so hene mfe abien. 26 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, na nneɛma bɔne a ne papa yɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no, ɛno ara bi na ɔyɛe.+ 27 Ahiya ba Baasa a ofi Isakar fi no bɔɔ Nadab ho pɔw, na Baasa kum no wɔ Gibeton+ a ɛwɔ Filistifo asaase so; saa bere no, na Nadab ne Israel nyinaa atwa Gibeton ho ahyia. 28 Enti Baasa kum no wɔ Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu, na osii n’anan dii hene. 29 Bere a ɔbɛyɛɛ ɔhene ara pɛ, okunkum Yeroboam fifo nyinaa. Wannyaw Yeroboam ho nipa baako mpo;* ɔtɔree wɔn nyinaa ase maa Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahiya so kae no baa mu.+ 30 Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, Yeroboam yɛɛ bɔne na ɔtwetwee Israel nso kɔɔ bɔne mu, na ɔhyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw kɛse. 31 Nadab ho nsɛm a aka, ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 32 Na ntɔkwaw ampa Asa ne Israel hene Baasa ntam da.+
33 Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, Ahiya ba Baasa bɛyɛɛ Israel nyinaa so hene wɔ Tirsa, na odii ade mfe 24.+ 34 Nanso ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na nneɛma bɔne a Yeroboam yɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no, ɛno ara bi na ɔyɛe.+
16 Ɛnna Yehowa somaa Hanani+ ba Yehu+ ma ɔkɔkaa atemmusɛm yi tiaa Baasa: 2 “Memaa wo so fii mfuturu mu yɛɛ wo ɔpanyin wɔ me man Israel so,+ nanso nea Yeroboam yɛe no, ɛno ara bi na woreyɛ, na woama me man Israel ayɛ bɔne de wɔn bɔne ahyɛ me abufuw.+ 3 Enti merebɛpra Baasa ne ne fi nyinaa atow agu, na mɛyɛ ne fi sɛ Nebat ba Yeroboam+ fi. 4 Baasa ho nipa biara a obewu wɔ kurom no, nkraman na ebedi ne nam, na nea obewu wɔ wuram no, ewim nnomaa na ebedi ne nam.”
5 Baasa ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe ne ne nnwuma akɛse no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 6 Ɛnna Baasa ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Tirsa,+ na ne ba Ela bedii n’ade. 7 Bio nso, Yehowa nam Hanani ba odiyifo Yehu so kaa atemmusɛm tiaa Baasa ne ne fifo, efisɛ ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne de ne nneyɛe hyɛɛ no abufuw te sɛ Yeroboam fi, na okum Nadab* nso.+
8 Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so 26 mu no, Baasa ba Ela bɛyɛɛ Israel hene mfe abien wɔ Tirsa. 9 Bere a ɔrewe nsã bow wɔ Tirsa ahemfi panyin Arsa fi wɔ Tirsa no, n’akoa Simri bɔɔ ne ho pɔw. Ná Simri da akofo a wɔde nteaseɛnam kɔ ako no fã ano. 10 Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so 27 mu no, Simri kɔɔ ne wura so kɔbɔɔ no kum no,+ na obedii n’ade. 11 Bere a ɔbɛtenaa ahengua no so dii hene ara pɛ, okunkum Baasa fifo nyinaa. Wannyaw ɔbarima* biara a ɔyɛ ne busuani* anaa n’adamfo. 12 Enti Simri tɔree Baasa fifo nyinaa ase, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam odiyifo Yehu so ka faa Baasa ho no baa mu.+ 13 Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, Baasa ne ne ba Ela yɛɛ bɔne, na ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne, na wɔde wɔn abosonhunu no hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw.+ 14 Ela ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu.
15 Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so 27 mu no, Simri bedii hene nnanson wɔ Tirsa. Saa bere no, na asraafo no akotwa Gibeton+ a ɛwɔ Filistifo asaase so no ho ahyia. 16 Akyiri yi, asraafo a wɔwɔ asoɛe hɔ no tee sɛ nkurɔfo rekeka sɛ: “Simri abɔ ɔhene ho pɔw akum no.” Enti saa da no, Israel nyinaa de ɔsahene Omri+ sii Israel so hene wɔ asoɛe hɔ. 17 Ɛnna Omri ne Israelfo a wɔka ne ho nyinaa fii Gibeton betwaa Tirsa ho hyiae. 18 Bere a Simri hui sɛ kurow no abedi wɔn nsam no, ntɛm ara na ɔkɔɔ ahemfi* abantenten no mu, na ɔde ogya too mu hyew ne ho ne ɔdan no nyinaa, enti owui.+ 19 Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Yeroboam yɛe no, ɛno ara bi na ɔyɛe, na ɔmaa Israel nso yɛɛ bɔne.+ 20 Simri ho nsɛm a aka ne pɔw a ɔbɔe no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu.
21 Saa bere no, Israel man no mu kyɛɛ abien. Ɔman no fã kodii Ginat ba Tibni akyi, na na wɔpɛ sɛ wosi no hene, ɛnna ɔfã nso kodii Omri akyi. 22 Nanso Omri akyitaafo no dii Ginat ba Tibni akyitaafo no so nkonim. Tibni wui, na Omri dii hene.
23 Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so 31 mu no, Omri bɛyɛɛ Israel hene, na odii ade mfe 12. Odii ade mfe asia wɔ Tirsa. 24 Otuaa dwetɛ dwetikɛse* abien de tɔɔ Samaria bepɔw fii Semer hɔ, na ɔkyekyee kurow wɔ bepɔw no so. Kurow a ɔkyekyee no, ɔde bepɔw no wura Semer din too so, na ɔfrɛɛ hɔ Samaria.*+ 25 Omri yɛɛ Yehowa ani so bɔne; ɔyɛɛ bɔne sen wɔn a wodii no kan nyinaa.+ 26 Bɔne a Nebat ba Yeroboam yɛe nyinaa, ɔno nso yɛɛ bi. Yeroboam maa Israel yɛɛ bɔne, na wɔde wɔn abosonhunu hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw.+ 27 Omri ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe ne ne nnwuma akɛse no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 28 Omri ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Samaria, na ne ba Ahab+ bedii n’ade.
29 Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so 38 mu no, Omri ba Ahab bedii Israel so hene. Omri ba Ahab dii Israel so hene mfe 22 wɔ Samaria.+ 30 Omri ba Ahab yɛɛ Yehowa ani so bɔne sen wɔn a wodii no kan nyinaa.+ 31 Ɔno de, ɛnyɛ Nebat ba Yeroboam+ bɔne nko na ɔyɛɛ bi; ɔsan kɔwaree Sidonfo+ hene Etbaal babea Yesebel,+ na ɔkɔsom Baal+ bɔɔ ne mu ase maa no. 32 Afei nso, osii ofi* maa Baal wɔ Samaria, na osii afɔremuka wɔ hɔ maa Baal.+ 33 Ahab sii ɔbosom dua*+ nso. Ahab yɛɛ bɔne de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw sen Israel ahemfo a wodii no kan nyinaa.
34 Ne bere so na Betelni Hiel san kyekyee Yeriko. Bere a ɔtoo kurow no fapem no, ne ba panyin Abiram wui, na bere a osisii n’apon nso, ne ba kumaa Segub wui, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kae no baa mu.+
17 Tisbini Elia*+ a ɔte Gilead+ no ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Sɛ́ Yehowa, Israel Nyankopɔn a mesom no* no te ase yi, obosu anaa osu rentɔ mfe yi mu, gye sɛ makasa!”+
2 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: 3 “Fi ha na fa w’ani kyerɛ apuei fam kohintaw Kerit Bon a ɛwɔ Yordan apuei no mu. 4 Subon no mu nsu na nom, na mɛma nkwaakwaadabi abrɛ wo aduan wɔ hɔ.”+ 5 Ntɛm ara na ɔkɔyɛɛ nea Yehowa kae no; ɔkɔtenaa Kerit Bon a ɛwɔ Yordan apuei no mu. 6 Anɔpa biara, na nkwaakwaadabi brɛ no aduan ne nam, na edu anwummere nso a, wɔbrɛ no aduan ne nam, na subon no mu nsu na ɔnomee.+ 7 Nanso nna bi akyi no, subon no mu nsu yowee,+ efisɛ na osu ntɔ wɔ asaase no so.
8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: 9 “Sɔre kɔ Sarefat a ɛwɔ Sidonfo asaase so na kɔtena hɔ. Hwɛ! mɛma ɔbea kunafo bi ama wo aduan wɔ hɔ.”+ 10 Ɛnna ɔsɔre kɔɔ Sarefat, na bere a oduu kurow no pon ano no, na ɔbea kunafo bi repɛ anyina. Enti ɔfrɛɛ ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa nsu kakra gu kuruwa mu brɛ me na mennom.”+ 11 Bere a ɔbea no siim sɛ ɔrekɔfa aba no, ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ɛyɛ a fa paanoo kakra brɛ me.” 12 Ɛnna ɔbea no kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa, wo Nyankopɔn te ase yi, minni paanoo biara; esiam nsa ma pɛ na aka wɔ ahina kɛse mu ne ngo kakraa bi a ɛwɔ ahina ketewa+ mu, na merepɛ anyina kakra akɔyɛ biribi ama me ne me ba adi, na yɛawu.”
13 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro. Wo de, kɔyɛ nea woaka no. Mmom di kan fa nea ɛwɔ hɔ no bi yɛ paanoo ketewaa bi brɛ me ansa na woayɛ bi ama wo ne wo ba no. 14 Na asɛm a Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: ‘Esiam a ɛwɔ ahina kɛse mu no rensa, na ngo a ɛwɔ ahina ketewa mu no nso rensa kosi da a Yehowa bɛma osu atɔ agu asaase no so.’”+ 15 Enti ɔbea no kɔyɛɛ nea Elia kae no, na ɔne ne fifo ne odiyifo no nyinaa nyaa aduan dii nna pii.+ 16 Sɛnea Yehowa nam Elia so kae no, esiam a ɛwɔ ahina kɛse mu no ansa, na ngo a ɛwɔ ahina ketewa mu no nso ansa.
17 Akyiri yi, ɔbea a ɔkɔsoɛɛ ne fi no babarima yaree, na yare no mu yɛɛ den ara ma owui.*+ 18 Ɛnna ɔbea no bisaa Elia sɛ: “O nokware Nyankopɔn nipa, bɔne bɛn na mayɛ wo?* Woaba ha sɛ worebɛkae me me bɔne na woakum me ba anaa?”+ 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Fa wo ba no ma me.” Na ogyee no fii ne nsam de no kɔɔ atifi dan a ɔte mu no mu, na ɔde no too ne mpa so.+ 20 Ɛnna ɔteɛɛm frɛɛ Yehowa sɛ: “O Yehowa, me Nyankopɔn,+ okunafo a mabɛsoɛ no yi, enti woreyɛ no bɔne akum ne ba?” 21 Ɛnna obutuw abofra no so mprɛnsa, na ɔteɛɛm frɛɛ Yehowa sɛ: “O Yehowa, me Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma abofra yi nkwa* nsan mmra ne mu.” 22 Yehowa tiee Elia adesrɛ no,+ enti abofra no nkwa* san baa ne mu, na onyanee.*+ 23 Elia faa abofra no fii atifi dan no mu de no sian baa ofi no mu, na ɔde no brɛɛ ne maame; afei Elia kae sɛ: “Hwɛ, wo ba no te ase.”+ 24 Ɛnna ɔbea no ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Afei na mahu sɛ ampa woyɛ Onyankopɔn nipa,+ na Yehowa asɛm a ɛwɔ w’anom no yɛ nokware.”
18 Akyiri yi, Yehowa ne Elia kasae wɔ afe a ɛto so abiɛsa no mu+ sɛ: “Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ Ahab, na mɛma osu atɔ agu asaase no so.”+ 2 Enti Elia kɔe sɛ ɔde ne ho rekɔkyerɛ Ahab. Saa bere no, na ɔkɔm no mu ayɛ den+ wɔ Samaria.
3 Saa bere no ara mu na Ahab frɛɛ Obadia a ɔyɛ ne fiepanyin no. (Ná Obadia yɛ obi a osuro Yehowa paa, 4 na bere a Yesebel+ rekunkum Yehowa adiyifo* no, Obadia faa adiyifo no mu 100 de wɔn kohintaw ɔbodan mu, aduonum aduonum, na ɔmaa wɔn aduan ne nsu.) 5 Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ: “Kɔhwehwɛ asaase no so nsuti ne nsubon nyinaa ho. Ebia yebenya sare a ɛbɛso mmoa no, na ama yɛatumi akora apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ no nkwa so, anyɛ saa a, yɛn mmoa nyinaa bewuwu.” 6 Enti wɔkyɛɛ asaase no mu maa obiara faa ne kwan. Ahab de n’ani kyerɛɛ baabi, na Obadia nso de n’ani kyerɛɛ baabi foforo.
7 Bere a Obadia nam kwan so rekɔ no, Elia behyiaa no. Ɛhɔ ara na ohui sɛ ɛyɛ ɔno, na ɔde n’anim butuw fam bisae sɛ: “Me wura Elia ni anaa?”+ 8 Ɛnna obuae sɛ: “Ɛyɛ me. Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: ‘Elia aba ha.’” 9 Nanso obuae sɛ: “Bɔne bɛn na mayɛ a enti wopɛ sɛ wode w’akoa hyɛ Ahab nsa ma okum me? 10 Sɛ́ Yehowa wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahenni biara nni hɔ a me wura nsoma nkɔhwehwɛɛ wo wɔ hɔ. Sɛ wɔka sɛ, ‘Onni ha’ a, ɔma ahenni anaa ɔman no ka ntam sɛ wonhuu wo.+ 11 Nanso wuse: ‘Kɔka kyerɛ wo wura sɛ, “Elia aba ha.”’ 12 Sɛ mifi w’anim kɔ a, Yehowa honhom bɛfa wo akɔ+ baabi a minnim, na sɛ mekɔbɔ Ahab amanneɛ na wanhu wo a, nea ɛbɛyɛ biara obekum me. Nanso w’akoa de, efi me mmofraase na masuro Yehowa. 13 Wɔnkaa nea meyɛe nkyerɛɛ me wura bere a Yesebel rekunkum Yehowa adiyifo no anaa? Mede Yehowa adiyifo no mu 100 kohintaw ɔbodan mu, aduonum aduonum, na memaa wɔn aduan ne nsu daa.+ 14 Seesei sɛ mekɔka kyerɛ me wura sɛ, ‘Mahu Elia’ sɛnea woreka yi a, nea ɛte biara obekum me.” 15 Ɛnna Elia kae sɛ: “Sɛ́ asafo Yehowa a mesom no* no te ase yi, ɛnnɛ mɛma wahu me.”
16 Enti Obadia kɔhwehwɛɛ Ahab bɔɔ no amanneɛ, na Ahab kohyiaa Elia.
17 Bere a Ahab huu Elia pɛ, Ahab bisaa no sɛ: “Wo a wode mmusu aba Israel so, wuni?”
18 Ɛnna obuae sɛ: “Ɛnyɛ me na mede mmusu aba Israel so, ɛyɛ wo ne wo papa fifo, efisɛ moagyaw Yehowa mmara nsɛm akodi Baal anyame akyi.+ 19 Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmehyia me wɔ Karmel Bepɔw+ so, wɔne Baal adiyifo 450 no ne abosonnua*+ ho adiyifo 400 a wodidi Yesebel pon so no.” 20 Enti Ahab de nkra kɔmaa Israelfo nyinaa, na wɔkɔboaboaa adiyifo no ano baa Karmel Bepɔw so.
21 Ɛnna Elia twiw bɛn ɔman no nyinaa kae sɛ: “Mo adwene behinhim wɔ asɛm yi mu* akosi da bɛn?+ Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no a, munni n’akyi,+ na sɛ Baal nso a, munni n’akyi.” Nanso ɔman no amma no mmuae biara. 22 Afei Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Me nkutoo ne Yehowa diyifo a maka,+ nanso Baal adiyifo yɛ 450. 23 Momma wɔmma yɛn anantwinini nkumaa abien, na wɔmfa nantwi kumaa baako na wontwitwa mu asinasin ngu anyina so, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde ogya to mu. Me nso mɛyɛ nantwi kumaa a aka no ho adwuma de agu anyina so, nanso meremfa ogya nto mu. 24 Muwie a, mommɔ mo nyame din mfrɛ no,+ na me nso mɛbɔ Yehowa din afrɛ no. Onyame a obegye so atɔ ogya abegu so no, ɔno ne nokware Nyankopɔn no.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa buae sɛ: “Wonkaa bɔne.”
25 Afei Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifo no sɛ: “Mompaw nantwinini kumaa baako, na munni kan nyɛ mo de ho adwuma, efisɛ mo na modɔɔso. Muwie a, mommɔ mo nyame din mfrɛ no, nanso ɛnsɛ sɛ mode ogya to mu.” 26 Ɛnna wɔfaa nantwinini a ɔde maa wɔn no. Afei wɔyɛɛ ho adwuma, na wɔbɔɔ Baal din frɛɛ no fi anɔpa kosii awia* sɛ: “O Baal, gye yɛn so!” Nanso wɔante nne biara, na obiara nso annye so.+ Saa bere no nyinaa, na wɔrehuruhuruw twa afɔremuka a wɔasi no ho hyia. 27 Eduu awia no, Elia fii ase dii wɔn ho fɛw sɛ: “Monteɛteɛm denneennen! Sɛ́ ɔyɛ onyame!+ Ebia na ɔredwen asɛm bi ho, anaa ɔrekogya n’anan.* Ebi nso a wada, na ɛsɛ sɛ obi nyan no!” 28 Wɔteɛteɛɛm denneennen, na sɛnea wɔn amanne te no, wɔde asekan twitwaa wɔn ho de mpeaw wowɔɔ wɔn ho ara maa wɔn ho nyinaa yɛɛ mogya. 29 Eduu awia* nyinaa, na wogu so rekɔm,* na wɔtoaa so ara kosii anwummere a wɔbɔ aduan afɔre no, nanso wɔante nne biara, obiara annye so, na wɔante obiara nka.+
30 Afei Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Muntwiw mmɛn me.” Na ɔman no nyinaa twiw bɛn no. Ɛnna osiesiee Yehowa afɔremuka a wɔabubu no no.+ 31 Afei Elia sesaw abo 12 sɛnea Yakob mma mmusuakuw no dodow te; Yakob na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔbɛfrɛ wo Israel” no.+ 32 Ɔde abo no sii afɔremuka+ wɔ Yehowa din mu. Afei otuu amoa wɔ afɔremuka no ho hyiae; ná amoa no kɛse te sɛ asaase a wobetumi agu aba seah susude* abien wɔ so. 33 Ɛno akyi no, ɔhyehyɛɛ anyina no wɔ so, na otwitwaa nantwinini no mu asinasin de guu anyina no so.+ Afei ɔkae sɛ: “Momfa nsu nhyehyɛ nhina akɛse anan amaama, na munhwie ngu ɔhyew afɔre ne anyina no so.” 34 Ɛnna ɔkae sɛ: “Monsan nyɛ bio.” Na wɔsan yɛe bio. Na ɔsan kae sɛ: “Monyɛ no ne mprɛnsa so.” Na wɔyɛɛ no ne mprɛnsa so. 35 Enti nsu no fofaa afɔremuka no ho nyinaa hyiae, na amoa no nso, ɔde nsu hyɛɛ no ma.
36 Bere a aduan afɔre bere duu so anwummere no,+ Elia twiw bɛn afɔremuka no, na ɔkae sɛ: “O Yehowa, Abraham+ ne Isak+ ne Israel Nyankopɔn, ɛnnɛ ma wonhu sɛ wone Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ w’akoa, na w’asɛm nti na mayɛ eyinom nyinaa.+ 37 Gye me so, O Yehowa, gye me so, na ɔman yi nhu sɛ wo Yehowa, wone nokware Nyankopɔn no, na wo na woredan wɔn koma aba wo nkyɛn bio.”+
38 Ɛnna Yehowa gya tɔ fii soro bae, na ɛbɛhyew ɔhyew afɔre no+ ne anyina no ne abo ne dɔte no, na ɛmaa nsu a ɛwɔ amoa no mu yowee.+ 39 Bere a ɔman no nyinaa hui no, ntɛm ara na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: “Yehowa ne nokware Nyankopɔn! Yehowa ne nokware Nyankopɔn!” 40 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkyere Baal adiyifo no! Mommma wɔn mu baako mpo nnguan!” Ɛhɔ ara na wɔkyeree wɔn, na Elia de wɔn sian kɔɔ Kison nsu*+ no ho kokunkum wɔn wɔ hɔ.+
41 Afei Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Kɔ na kodidi na nom efisɛ mate osu kɛse nka.”+ 42 Enti Ahab kodidi nomee. Elia de, ɔforo kɔɔ Karmel atifi kɔbɔɔ ne mu ase na ɔde ne ti sii fam wɔ ne nkotodwe anim.+ 43 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne somfo sɛ: “Mesrɛ wo, foro fa w’ani kyerɛ po na hwɛ nea ɛrekɔ so.” Enti ɔkɔhwɛe, na ɔkae sɛ: “Manhu hwee.” Elia kaa no mpɛn ason kyerɛɛ no sɛ, “San kɔ.” 44 Bere a ne somfo no kɔɔ nea ɛto so ason no, ɔbɛkae sɛ: “Hwɛ! mihuu omununkum ketewa bi a ne kɛse te sɛ onipa nsam sɛ efi po mu reforo kɔ soro.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔka kyerɛ Ahab sɛ, ‘Siesie wo teaseɛnam na sian kɔ, na osu anka wo anhyɛ ha!’” 45 Omununkum maa wim yɛɛ tumm, na mframa bɔe na osu kɛse tɔe.+ Na Ahab de ne teaseɛnam kɔe ara kosii sɛ oduu Yesreel.+ 46 Yehowa nsa hyɛɛ Elia den, na ɔde n’ataade kyekyeree n’asen* tuu mmirika, na osian Ahab ho kɔe ara koduu Yesreel.
19 Ahab+ kɔkaa nea Elia ayɛ nyinaa ne sɛnea ɔde sekan akunkum adiyifo no nyinaa+ kyerɛɛ Yesebel.+ 2 Ɛnna Yesebel tuu ɔbɔfo kɔka kyerɛɛ Elia sɛ: “Sɛ ebedu ɔkyena sesɛɛ na memma wonyɛɛ sɛ wɔn* a, anyame no ntua me ka na wɔmfa bi nka ho!” 3 Ɛmaa ehu kaa no, enti oguan peree ne nkwa.*+ Okopuee Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asaase so, na ogyaw ne somfo no wɔ hɔ.+ 4 Ɔde n’ani kyerɛɛ sare so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase. Afei ɔsrɛe sɛ onwu.* Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Afei de, mabrɛ! O Yehowa, gye me nkwa* fi me nsam,+ na mensen m’agyanom.”
5 Afei ɔdan ne ho too hɔ, na ɔfaa mu dae wɔ sisia dua no ase. Ɛnna ɔbɔfo bi de ne nsa bɛkaa no+ frɛɛ no sɛ: “Sɔre didi.”+ 6 Ɔtoo n’ani hwɛɛ n’atifi no, ohui sɛ paanoo kurukuruwa bi da abo hyehyeehyew so na nsu toa nso si ho. Odidi nomee, na ɔsan dan ne ho too hɔ. 7 Akyiri yi, Yehowa bɔfo no san bae ne mprenu so, na ɔde ne nsa kaa no kae sɛ: “Sɔre didi, na wowɔ kwan twa.” 8 Enti ɔsɔre didi nomee, na ɔde ahoɔden a onya fii aduan no mu no twaa kwan nnafua 40, awia ne anadwo; ɔkɔe ara koduu nokware Nyankopɔn no bepɔw Horeb so.+
9 Ɛhɔ na ɔkɔɔ ɔbodan bi mu+ kɔdaa hɔ anadwo no; na hwɛ! Yehowa bisaa no wɔ hɔ sɛ: “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?” 10 Ɛnna ɔkae sɛ: “Mako ama asafo Nyankopɔn Yehowa,+ efisɛ Israelfo agyaw w’apam,+ na w’afɔremuka nso, wɔadwiriw agu. Wɔde sekan akunkum w’adiyifo,+ na me nko ara na maka. Me nso, wɔrepɛ agye me nkwa* afi me nsam.”+ 11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Pue kogyina Yehowa anim wɔ bepɔw no so.” Na hwɛ, ná Yehowa retwam,+ na mframa kɛse a ano yɛ den di Yehowa anim repaapae mmepɔw bubu abotan,+ nanso na Yehowa nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asaase wosowee,+ nanso na Yehowa nni asaasewosow no mu. 12 Asaasewosow no akyi no, ogya bae,+ nanso na Yehowa nni ogya no mu. Ogya no akyi no, ɛnne bi kasae brɛoo.+ 13 Bere a Elia tee no, ɛhɔ ara na ɔde n’ataade* kataa n’anim,+ na opue kogyinaa ɔbodan no ano. Afei ɛnne bi bisaa no sɛ: “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?” 14 Ɛnna ɔkae sɛ: “Mako ama asafo Nyankopɔn Yehowa, efisɛ Israelfo agyaw w’apam,+ na w’afɔremuka nso, wɔadwiriw agu. Wɔde sekan akunkum w’adiyifo, na me nko ara na maka. Me nso, wɔrepɛ agye me nkwa* afi me nsam.”+
15 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “San w’akyi, na sim kɔ Damasko sare so. Wudu hɔ a, sra Hasael+ na si no hene wɔ Siria so. 16 Afei nso, sra Nimsi banana Yehu+ na si no hene wɔ Israel so, na Safat ba Elisa* a ofi Abel-Mehola nso, sra no yɛ no odiyifo a obesi w’ananmu.+ 17 Obiara a obeguan Hasael sekan no,+ Yehu bekum no,+ na obiara a obeguan Yehu sekan nso, Elisa bekum no.+ 18 Afei nso, meda so ara wɔ nnipa 7,000 wɔ Israel+ a wommuu nkotodwe nsom Baal,+ na womfew n’ano.”+
19 Enti ofii hɔ kɔe, na okohuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefuntum asaase. Ná anantwi mpamho* 12 di n’anim, na ɔne nea ɛto so 12 no na ɛnam. Ɛnna Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtow n’ataade*+ guu no so. 20 Ɛhɔ ara na ogyaw anantwi no hɔ tuu mmirika dii Elia akyi kae sɛ: “Mesrɛ wo, ma minkofew me papa ne me maame ano mfa nkra wɔn ansa na mabedi w’akyi.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ bra; minsiw wo kwan.” 21 Enti ɔkɔe, na ɔfaa anantwi no abien kum wɔn,* na ɔde nnua a na esuso anantwi no mu yɛɛ anyina noaa wɔn nam, na ɔde maa nkurɔfo no ma wodii. Ɛno akyi no, ɔsɔre kodii Elia akyi, na ɔsom no.+
20 Siria+ hene Ben-Hadad+ boaboaa n’asraafodɔm nyinaa ano, na obetwaa Samaria+ ho hyiae+ sɛ ɔne wɔn rebɛko. Ná ahemfo 32 ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam ka ho. 2 Afei otuu abɔfo kɔɔ Israel hene Ahab+ nkyɛn wɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Ben-Hadad aka ni, 3 ‘Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom ne wo mma a wɔn ho yɛ fɛ nso yɛ me dea.’” 4 Ɛnna Israel hene buae sɛ: “Me wura ɔhene, sɛnea woaka no, me ne nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea.”+
5 Akyiri yi, abɔfo no san bɛkae sɛ: “Nea Ben-Hadad aka ni, ‘Mesoma baa wo nkyɛn sɛ: “Fa wo dwetɛ, wo sika, ne wo yerenom ne wo mma ma me.” 6 Ɔkyena sesɛɛ nso, mɛsoma me nkoa aba wo nkyɛn, na wɔbɛhwehwɛ wo fi ne wo nkoa afi mu, na sɛ wɔba a, ade biara a ɛyɛ fɛ w’ani so no, wɔbɛfa na wɔde aba.’”
7 Ɛhɔ ara na Israel hene frɛɛ asaase no so mpanyimfo nyinaa bɔɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Mesrɛ mo, momfa mo ani nto fam, na mubehu sɛ mmusu na onipa yi asi ne bo sɛ ɔde bɛba, efisɛ ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ memfa me yerenom ne me mma, me dwetɛ, ne me sika mma no, na mampopo me ti.” 8 Ɛnna mpanyimfo no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea waka no, mpene so, na nyɛ.” 9 Enti ɔka kyerɛɛ Ben-Hadad abɔfo no sɛ: “Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ, ‘Nea wudii kan bɛka kyerɛɛ me no, mɛyɛ ne nyinaa, na eyi de, ɛnyɛ ade a metumi ayɛ.’” Ɛnna abɔfo no fii hɔ kɔe, na wɔkɔbɔɔ no amanneɛ.
10 Afei Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mfuturu a ɛbɛka Samaria no, sɛ nnipa a wodi m’akyi no mu biara tumi nya nsa ma a, ɛnde anyame no ntua me ka na wɔmfa bi nka ho!” 11 Israel hene nso buae sɛ: “Monkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Mma nea ɔrehyɛ akotaade nnhoahoa ne ho te sɛ obi a ɔreyi agu hɔ.’”+ 12 Bere a ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahemfo no renom nsã wɔ wɔn ntamadan mu;* ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Mommoaboa mo ho!” Na wɔboaboaa wɔn ho sɛ wɔrekɔ kurow no so.
13 Na odiyifo bi baa Israel hene Ahab+ nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Woahu dɔm kɛse yi nyinaa? Ɛnnɛ mede wɔn bɛhyɛ wo nsa na woahu sɛ mene Yehowa.’”+ 14 Ahab bisae sɛ: “Ɛnam hena so?” na obuae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Ɛnam amantam asoafo no asomfo so.’” Enti ɔhene bisae sɛ: “Hena na obefi ɔko no ase?” Na obuae sɛ: “Ɛyɛ wo!”
15 Ɛnna Ahab kan amantam asoafo no asomfo no; ná wɔn dodow si 232. Ɛno akyi no, ɔkan Israel mmarima nyinaa; ná wɔn dodow si 7,000. 16 Bere a wɔrefi kurow no mu no, na ɛyɛ awiabere.* Saa bere no, na Ben-Hadad rewe nsã bow wɔ ntamadan mu,* ɔne ahemfo 32 a wɔka ne ho reboa no no. 17 Bere a amantam asoafo no asomfo no dii kan kɔe no, ɛhɔ ara na Ben-Hadad somaa nkurɔfo sɛ wɔnkɔhwɛ nea ɛrekɔ so, na wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Mmarima bi fi Samaria aba.” 18 Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛ asomdwoe na wɔde bae a, monkyere wɔn anikan, na sɛ ntɔkwaw nso na wɔde bae a, monkyere wɔn anikan.” 19 Amantam asoafo no asomfo no ne asraafo a wodi wɔn akyi no, bere a wofii kurow no mu bae no, 20 obiara kum onipa a obehyiaa no no. Ɛnna Siriafo no guanee,+ na Israelfo tiw wɔn. Siria hene Ben-Hadad de, ɔtenaa ɔpɔnkɔ so, na ɔne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no bi guanee. 21 Nanso Israel hene toaa so dii atamfo a wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu no so nkonim, na Siriafo a okunkum wɔn no, na wɔdɔɔso paa.
22 Akyiri yi, odiyifo+ no kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na hu nea wobɛyɛ,+ efisɛ afe sesɛɛ,* Siria hene bɛba wo so.”+
23 Siria hene nkoa nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no yɛ mmepɔw Nyankopɔn. Ɛno nti na wodii yɛn so nkonim no. Sɛ yɛne wɔn kɔko wɔ asaase a ɛda fam so de a, yebedi wɔn so nkonim. 24 Yɛ eyi nso ka ho: Yiyi ahemfo no nyinaa fi mu,+ na fa amradofo sisi wɔn ananmu. 25 Afei boaboa* asraafodɔm a wɔn dodow te sɛ asraafodɔm a wohweree wɔn no ano, na fa apɔnkɔ hyɛ apɔnkɔ ananmu na fa nteaseɛnam hyɛ nteaseɛnam ananmu. Ma yɛne wɔn nkɔko wɔ asaase a ɛda fam so, na ɔkwan biara so yebedi wɔn so nkonim.” Otiee wɔn afotu no, na ɔyɛɛ saa.
26 Afe no mfiase no,* Ben-Hadad boaboaa Siriafo ano, na wosiim kɔɔ Afek+ sɛ wɔne Israel rekɔko. 27 Israelfo nso boaboaa wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn nea wohia, na wofii adi sɛ wɔrekohyia wɔn. Bere a Israelfo boaa wɔn ho ano wɔ wɔn anim no, na wɔayɛ sɛ nguankuw* nketewa abien, nanso Siriafo no de, wɔhyɛɛ asaase no so ma.+ 28 Ɛnna nokware Nyankopɔn nipa no baa Israel hene nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Esiane sɛ Siriafo aka sɛ: “Yehowa yɛ mmepɔw Nyankopɔn na ɔnyɛ asaase a ɛda fam Nyankopɔn” nti, mede dɔm kɛse yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa+ na mubehu ampa sɛ mene Yehowa.’”+
29 Wɔboaa wɔn ho ano nnanson, dɔm anim kyerɛ dɔm anim. Da a ɛto so ason no, wɔde ɔko no hyehyɛɛ so, na da koro pɛ, Israelfo kunkum Siriafo asraafo* 100,000. 30 Wɔn a wɔkae no guan kɔɔ Afek+ kurow no mu, na mmarima a wɔkae no, ɔfasu no bu guu wɔn mu 27,000 so. Ben-Hadad nso guan kɔɔ kurow no mu, na okohintaw pia mu.
31 Ɛnna ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛate sɛ Israel fi ahemfo yɛ ahemfo a wɔwɔ ahummɔbɔ.* Enti yɛsrɛ wo, ma yɛmfa awerɛhow ntama* mmobɔ yɛn asen na yɛmfa nhama mmobɔ yɛn ti nkɔ Israel hene nkyɛn. Ebia ɔbɛkora wo nkwa* so.”+ 32 Enti wɔfaa awerɛhow ntama bobɔɔ wɔn asen, na wɔde nhama bobɔɔ wɔn ti kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea w’akoa Ben-Hadad aka ne sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma mentena nkwa mu.’”* Ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Ɔda so te ase anaa? Ɔyɛ me nua.” 33 Ɛnna mmarima no faa no sɛ nneɛma bɛkɔ yiye, na ne koma mu asɛm na waka no, enti wɔkae sɛ: “Ben-Hadad yɛ wo nua.” Na ɔno nso kae sɛ: “Monkɔfa no mmra.” Enti Ben-Hadad baa ne nkyɛn, na ntɛm ara ɔma ɔforo bɛtenaa ne teaseɛnam mu.
34 Ɛnna Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkurow a me papa gye fii wo papa nsam no, mɛsan de ama wo; wubetumi abesisi aguadibea* wɔ Damasko sɛnea me papa yɛe wɔ Samaria no.”
Ahab nso kae sɛ: “Nhyehyɛe* yi nti megyaa wo ama woakɔ.”
Enti ɔne no yɛɛ nhyehyɛe, na ogyaa no ma ɔkɔe.
35 Yehowa de n’asɛm somaa ɔbarima bi a ofi adiyifo mma*+ mu ma ɔka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Nanso ɔbarima no ammɔ no. 36 Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Esiane sɛ woantie Yehowa nne nti, sɛ wunya fi me nkyɛn kɔ a, gyata bekum wo.” Bere a ofii ne nkyɛn kɔe no, okohyiaa gyata ma okum no.
37 Okohuu ɔbarima foforo, na ɔka kyerɛɛ ɔno nso sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Ɛnna ɔbarima no bɔɔ no piraa no.
38 Afei odiyifo no kogyinaa kwankyɛn twɛn ɔhene no; ná ɔde biribi akata n’anim sɛnea ɛbɛyɛ a obi renhu onipa ko a ɔyɛ. 39 Bere a ɔhene no rebetwam no, ɔfrɛɛ ɔhene kae sɛ: “W’akoa kɔɔ akono, ɛnna ɔbarima bi a ɔrefi akono hɔ de obi bɛhyɛɛ me nsa, na ɔkae sɛ, ‘Hwɛ ɔbarima yi so. Sɛ ɔyera a, wode wo nkwa besi ne nkwa ananmu,*+ anyɛ saa a, wubetua dwetɛ dwetikɛse* baako ahyɛ mu.’ 40 Bere a w’akoa redi akɔneaba no, m’ani baa me ho so no, na waguan kɔ.” Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Saa na w’atemmu bɛyɛ. Wo ara woabua asɛm no.” 41 Ntɛm ara na oyii nea ɛkata n’anim no, na Israel hene hui sɛ ɔka adiyifo no ho.+ 42 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Esiane sɛ woama ɔbarima a makyerɛ sɛ wɔnsɛe no afi wo nsa nti,+ wo nkwa besi ne nkwa ananmu,*+ na wo man asi ne man ananmu.’”+ 43 Ɛnna Israel hene kɔɔ ne fi wɔ Samaria;+ ná wabotow na wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.
21 Nsɛm yi akyi no, biribi sii a ɛfa Yesreelni Nabot ho. Ná ɔwɔ bobefuw* bi wɔ Yesreel,+ na na ɛwɔ Samaria hene Ahab ahemfi nkyɛn pɛɛ. 2 Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: “Fa wo bobefuw no ma me na memfa nyɛ mfikyifuw, efisɛ ɛbɛn me fi. Mɛma wo bobefuw a eye sen eyi de asi ananmu. Anaa wopɛ nso a, mɛma wo sika atua ka.” 3 Nanso Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Ɛmpare me sɛ mede m’agyanom agyapade bɛma wo, efisɛ Yehowa mpene so saa.”+ 4 Asɛm a Yesreelni Nabot ka kyerɛɛ no sɛ: “Meremfa m’agyanom agyapade mma wo” no nti, Ahab de awerɛhow baa ne fi mmɔbɔmmɔbɔ. Na ɔbɛdaa ne mpa so de n’ani kyerɛɛ ban, na wannidi.
5 Ɛnna ne yere Yesebel+ baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: “Adɛn nti na woabotow* ara ma wompɛ sɛ wudidi yi?” 6 Ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Meka kyerɛɛ Yesreelni Nabot sɛ, ‘Fa wo bobefuw no ma me, na memma wo sika ntua ho ka. Anaa wopɛ nso a, ma memma wo bobefuw foforo nsi ananmu.’ Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Meremfa me bobefuw no mma wo.’” 7 Ne yere Yesebel ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na wudi Israel so hene? Sɔre didi na ka wo koma to wo yam. Mede Yesreelni Nabot bobefuw no bɛma wo.”+ 8 Enti ɔkyerɛw nkrataa wɔ Ahab din mu de ɔhene ahyɛnsode tintim so,+ na ɔde nkrataa no kɔmomaa kurom hɔ mpanyimfo+ ne atitiriw a wɔne Nabot te no. 9 Nsɛm a ɔkyerɛwee wɔ nkrataa no mu ne sɛ: “Monhyɛ bere mma akɔnkyen,* na momma Nabot ntena baguafo no anim. 10 Afei momma mmarima ahuhufo baanu ntena n’anim na wonni adanse ntia no+ sɛ, ‘Woadome Onyankopɔn ne ɔhene!’+ Ɛno akyi no, momfa no mpue nkosiw no abo nkum no.”+
11 Enti ne kuromfo, kyerɛ sɛ, mpanyimfo ne atitiriw a wɔwɔ ne kurom hɔ no, yɛɛ nea Yesebel kyerɛwee wɔ nkrataa a ɔde kɔmaa wɔn no mu pɛpɛɛpɛ. 12 Wɔhyɛɛ bere maa akɔnkyen, na wɔmaa Nabot tenaa nnipa no anim. 13 Mmarima ahuhufo baanu bɛtenaa n’anim, na wodii adanse tiaa no wɔ nnipa no anim sɛ: “Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene!”+ Afei wɔde no kɔɔ kurow no abɔnten, na wokosiw no abo kum no.+ 14 Ɛnna wɔsoma kɔka kyerɛɛ Yesebel sɛ: “Wɔasiw Nabot abo akum no.”+
15 Bere a Yesebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo akum no no, ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot+ bobefuw a wantɔn amma wo no, na Nabot nte nkwa mu bio; wawu.” 16 Bere a Ahab tee sɛ Nabot awu no, ntɛm ara na ɔsɔre kɔɔ Yesreelni Nabot bobefuw no mu sɛ ɔrekɔfa.
17 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Tisbini Elia+ sɛ: 18 “Sɔre kohyia Israel hene Ahab a ɔwɔ Samaria+ no. Ɔwɔ Nabot bobefuw no mu; wakɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa. 19 Kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Enti woakum obi+ asan afa n’agyapade aka ho?”’+ San ka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni, “Faako a nkraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ ara na nkraman bɛtaforo wo nso wo mogya.”’”+
20 Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Me tamfo, woabepue me so wɔ ha?”+ Na ɔno nso kae sɛ: “Mabepue wo so. ‘Esiane sɛ woasi wo bo* sɛ wobɛyɛ Yehowa ani so bɔne nti,+ 21 hwɛ, mede mmusu reba wo so; mɛpra wo fi atow agu, na ɔbarima* biara a ɔwɔ Ahab fi+ no, mekum no, Israel nipahunu a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, mekum no.+ 22 Na mɛyɛ wo fi te sɛ Nebat ba Yeroboam fi+ ne Ahiya ba Baasa fi,+ efisɛ woayɛ bɔne de ahyɛ me abufuw, na woama Israel nso ayɛ bɔne.’ 23 Na Yesebel nso, nea Yehowa aka wɔ ne ho ne sɛ, ‘Nkraman na ebedi Yesebel nam wɔ Yesreel asaase no so.+ 24 Ahab ho nipa biara a obewu wɔ kurom no, nkraman na ebedi ne nam, na nea obewu wɔ wuram no, ewim nnomaa na ebedi ne nam.+ 25 Obiara nni hɔ a ɔyɛɛ n’ade te sɛ Ahab+ a osii ne bo* sɛ ɔbɛyɛ Yehowa ani so bɔne, na ne yere Yesebel nso piapiaa no no.+ 26 Ɔyɛɛ akyiwade a enye koraa kodii abosom fĩ* akyi, sɛnea Amorifo a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim no nyinaa yɛe no.’”+
27 Bere a Ahab tee nsɛm yi no, ɛhɔ ara na osuan n’ataade mu, na ɔde awerɛhow ntama* kataa ne ho; ɔtoaa so yɛɛ akɔnkyen de awerɛhow ntama dae, na ɔkɔɔ so dii awerɛhow. 28 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: 29 “Woahu sɛnea me nti Ahab abrɛ ne ho ase no?+ Esiane sɛ wabrɛ ne ho ase wɔ m’anim nti, meremfa mmusu no mma wɔ ne bere so. Mede mmusu no bɛba ne fi so wɔ ne ba bere so.”+
22 Siria ne Israel anko mfe abiɛsa. 2 Afe a ɛto so abiɛsa mu no, Yuda hene Yehosafat+ kɔɔ Israel hene nkyɛn.+ 3 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Munnim sɛ Ramot-Gilead+ yɛ yɛn dea, ɛnna yɛte hɔ a yenkogye mfii Siria hene nsam yi?” 4 Afei obisaa Yehosafat sɛ: “Wo ne me bɛkɔ Ramot-Gilead so ne wɔn akɔko anaa?” Ɛnna Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Me ne wo nyinaa yɛ nipa baako. Me man ne wo man nso yɛ baako. M’apɔnkɔ ne w’apɔnkɔ yɛ baako.”+
5 Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Mesrɛ wo, bisa+ Yehowa anom asɛm ansa.”+ 6 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifo mmarima 400 ano, na obisaa wɔn sɛ: “Me ne Ramot-Gilead nkɔko anaa minnyae?” Na wɔkae sɛ: “Kɔ, na Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”
7 Ɛnna Yehosafat bisae sɛ: “Yehowa diyifo biara nni ha anaa? Yɛmma ɔno nso mmisa mma yɛn.”+ 8 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ɔbaako da so wɔ hɔ a yebetumi ama ɔno nso abisa Yehowa anom asɛm ama yɛn,+ nanso mempɛ n’asɛm koraa+ efisɛ ɔnhyɛɛ me ho nkɔm pa biara da; me ho nkɔm bɔne nko ara na ɔhyɛ.+ Ɔno ne Yimla ba Mikaia.” Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ no sɛ: “Mma ɔhene nnka saa.”
9 Enti Israel hene frɛɛ ahemfi mpanyimfo no baako, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm frɛ Yimla ba Mikaia brɛ me.”+ 10 Saa bere no, na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn nhengua so hyehyɛ wɔn ahentaade wɔ Samaria kurow pon ano awiporowbea hɔ, na adiyifo no nyinaa gyinagyina wɔn anim rehyɛ nkɔm.+ 11 Na Kenaana ba Sedekia de dade yɛɛ mmɛn, na ɔkae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Eyi na wode bɛpempem* Siriafo no de akosi sɛ wobɛtɔre wɔn ase.’” 12 Adiyifo nkae no nyinaa nso hyehyɛɛ nkɔm koro no ara sɛ: “Kɔ Ramot-Gilead so, na wubedi nkonim; Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”
13 Na nea wɔsomaa no sɛ ɔnkɔfrɛ Mikaia mmra no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Adiyifo no nyinaa aka asɛmpa akyerɛ ɔhene, enti mesrɛ wo, ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn de no, na ka asɛmpa.”+ 14 Nanso Mikaia kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, nea Yehowa bɛka no, ɛno ara na me nso mɛka.” 15 Bere a obeduu ɔhene anim no, ɔhene bisaa no sɛ: “Mikaia, yɛne Ramot-Gilead nkɔko anaa yennyae?” Ɛhɔ ara na obuaa ɔhene sɛ: “Monkɔ na mubedi nkonim, na Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.” 16 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Mpɛn ahe na wopɛ sɛ mema woka ntam sɛ nokware nkutoo na wobɛka wɔ Yehowa din mu akyerɛ me?” 17 Ɛnna afei ɔkae sɛ: “Hwɛ, mihu Israel sɛ wɔn nyinaa ahwete wɔ mmepɔw no so+ sɛ nguan a wonni hwɛfo. Yehowa se: ‘Eyinom nni wura. Enti ma obiara nsan nkɔ ne fi asomdwoe mu.’”
18 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ɛnyɛ asɛm a mekae no na ɛda hɔ yi, sɛ ‘ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa, na mmom nkɔm bɔne’?”+
19 Ɛnna Mikaia kae sɛ: “Afei tie Yehowa anom asɛm: Mihuu Yehowa sɛ ɔte n’ahengua so+ a ɔsoro asafodɔm nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.+ 20 Na Yehowa bisae sɛ, ‘Hena na ɔbɛkɔ akɔdaadaa Ahab ma wakodi nkogu wɔ Ramot-Gilead?’ Afei oyi ka sɛɛ, na oyi nso aka sɛɛ. 21 Ɛnna honhom* bi+ begyinaa Yehowa anim kae sɛ: ‘Me na mɛkɔ akɔdaadaa no.’ Yehowa bisaa no sɛ, ‘Ɔkwan bɛn na wobɛfa so?’ 22 Ɔno nso buae sɛ, ‘Mɛkɔ akɔyɛ atoro honhom wɔ n’adiyifo nyinaa anom.’+ Ɛnna Onyankopɔn kae sɛ, ‘Wubetumi adaadaa no ampa; nea worekɔyɛ no, ɛbɛyɛ yiye. Kɔ na kɔyɛ saa.’ 23 Enti hu sɛ Yehowa de atoro honhom na ahyɛ w’adiyifo yi nyinaa anom,+ nanso mmusu na Yehowa aka afa wo ho.”+
24 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twiw bɛn Mikaia, na ɔbɔɔ no sotɔre bisaa no sɛ: “Ɛhefa na Yehowa honhom nam twaa me ho ne wo bɛkasae?”+ 25 Mikaia buaa no sɛ: “Ɛda a wobɛhyɛn pia mu akohintaw no na wubehu baabi a ɛnam bae.” 26 Ɛnna Israel hene kae sɛ: “Momfa Mikaia nkɔma kurow sohwɛfo Amon ne ɔhene ba Yoas. 27 Monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Nea ɔhene aka ni: “Momfa saa akoa yi nto afiase,+ na montew n’aduan* ne ne nsu so nkosi sɛ mɛsan aba asomdwoe mu.”’” 28 Ɛnna Mikaia kae sɛ: “Sɛ wosan ba asomdwoe mu paa a, ɛnde na ɛnyɛ Yehowa na ɔne me kasae.”+ Na ɔka kaa ho sɛ: “Mo nyinaa moate bi.”
29 Enti Israel hene ne Yuda hene Yehosafat kɔɔ Ramot-Gilead so.+ 30 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Mɛsakra me ho akɔ akono, nanso wo de, hyɛ w’ahentaade.” Enti Israel hene sakraa ne ho+ na ɔkɔɔ akono. 31 Ná Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam so asahene 32+ no sɛ: “Mo ne akumaa anaa ɔkɛse nnko, momfa mo ani nsi Israel hene nko ara so.” 32 Na bere a nteaseɛnam so asahene no huu Yehosafat pɛ, wɔkae sɛ: “Ampa, Israel hene no ni.” Enti wɔkɔɔ no so sɛ wɔne no rekɔko. Ɛnna Yehosafat fii ase su hwehwɛɛ ogyefo. 33 Bere a nteaseɛnam so asahene no hui sɛ ɛnyɛ Israel hene no, ntɛm ara na wɔdan wɔn ho, na wɔanni n’akyi bio.
34 Na ɔbarima bi tow n’agyan, na ɛfom* kɔwɔɔ Israel hene wɔ ne dade ataade no mpamee so. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ nea ɔreka teaseɛnam no sɛ: “Dan wo ho na fa me fi akono ha* kɔ, na wɔapira me pira bɔne.”+ 35 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa, na wosusoo ɔhene mu gyinaa teaseɛnam no mu de n’ani kyerɛɛ Siriafo no; mogya a ɛrenwini no no guu teaseɛnam no mu, na eduu anwummere no na wawu.+ 36 Bere a owia kɔtɔe no, wɔteɛɛm kae wɔ asoɛe hɔ nyinaa sɛ: “Obiara nkɔ ne kurow mu! Obiara nkɔ n’asaase so!”+ 37 Enti ɔhene no wui. Wɔde no baa Samaria, na wosiee ɔhene no wɔ Samaria. 38 Bere a wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu wɔ Samaria abura no ho no, nkraman bɛtaforoo ne mogya, na tuutuufo nso beguaree wɔ hɔ,* na ɛno maa asɛm a Yehowa kae no baa mu.+
39 Ahab ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe nyinaa ne asonse*+ fi* a osii, ne nkurow a ɔkyekyee nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 40 Na Ahab ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Ahasia+ bedii n’ade.
41 Israel hene Ahab ahenni afe a ɛto so anan mu na Asa ba Yehosafat+ bedii Yuda so hene. 42 Yehosafat bedii ade no, na wadi mfe 35, na odii hene mfe 25 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Asuba, na na ɔyɛ Silhi babea. 43 Nea ɔhene no papa Asa yɛe no,+ ɛno ara bi na ɔno nso yɛe, wamman amfi ho. Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so.+ Mmom sorɔnsorɔmmea* no de, ɛkaa hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ 44 Yehosafat ne Israel hene tenaa asomdwoe mu.+ 45 Yehosafat ho nsɛm a aka, ne nnwuma akɛse ne ako a odii no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 46 Tuutuufo mmarima+ a ne papa Asa bere so wɔkaa asɔrefi hɔ nso, otuu wɔn ase fii asaase no so.+
47 Saa bere no, na ɔhene biara nni Edom;+ amrado na na odi hene.+
48 Yehosafat yeyɛɛ Tarsis ahyɛn* a anka ɔde bɛkɔ Ofir akɔfa sika kɔkɔɔ,+ nanso antumi ankɔ efisɛ ahyɛn no sɛee wɔ Esion-Geber.+ 49 Ɛnna Ahab ba Ahasia ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ma me nkoa mmɛka wo nkoa ho wɔ ahyɛn no mu,” nanso Yehosafat ampene.
50 Na Yehosafat ne n’agyanom kɔdae,+ na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kurow mu, na ne ba Yehoram+ bedii n’ade.
51 Yuda hene Yehosafat ahenni afe a ɛto so 17 mu no, Ahab ba Ahasia+ bedii Israel so hene wɔ Samaria, na odii Israel so mfe abien. 52 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, na nea ne papa+ ne ne maame yɛe no,+ ɛno bi na ɔyɛe; nea Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛe no, ɛno ara bi na ɔyɛe.+ 53 Ɔtoaa so som Baal,+ na ɔkotow no, na ɔkɔɔ so hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw+ sɛnea ne papa yɛe no.
Anaa “anka asɛm bi a ɛbɛhaw no ankyerɛ no.”
Anaa “na gye wo kra ne wo ba Solomon kra nkwa.”
Anaa “afatwafo.”
Anaa “ogyee me kra.”
Anaa “m’afurummere.”
Anaa “ɔbarima a ɔfata.”
Nt., “Merekɔ asaase sofo nyinaa kwan.”
Anaa “wobɛyɛ w’ade nyansa mu.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Nna.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “adehye abusua.”
Nt., “aba.”
Nt., “aba.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “sorɔnsorɔmmea kɛse.”
Anaa “meyɛ abofra.”
Nt., “minnim sɛnea mefi adi na maba mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔn so di yɛ den.” Nt., “wɔn mu yɛ duru.”
Nt., “nna dodow.”
Anaa “w’atamfo kra.”
Nt., “wo nna nyinaa.”
Nt., “wo nna aware.”
Nt., “ne kokom.”
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.
Kyerɛ sɛ, Eufrate atɔe fam.
Apɔnkɔdan dodow a ɛwɔ ha yi, saa na ɛwɔ nsaano nkyerɛwee ahorow bi mu, na ɛne kyerɛwsɛm a ɛka asɛm koro yi ara no nso hyia. Nsaano nkyerɛwee ahorow bi ka sɛ na ɛyɛ 40,000.
Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi aba sɛ mmoa bi te sɛ ntuboa ka ho.
Anaa “Dawid te ase no, na Hiram dɔ no.”
Anaa “ɔman a emu nnipa dɔɔso.”
Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “Ngodua aba a wɔawɔw de ayɛ ngo.”
Nt., “Israel mma.”
Hwɛ Nkh. B8.
Hwɛ Nkh. B15.
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “mfɛnsere a ɛtrɛw wɔ akyi, nanso emu no yɛ ketewa.”
Ɛfa Kronkronbea no ho.
Anaa “asae; abɔsobaa.”
Nt., “nifa so.”
Kyerɛ sɛ, Kronkronbea no; ɛwɔ Kronkron Mu Kronkronbea no anim.
Kyerɛ sɛ, Kronkron Mu Kronkronbea.
Nt., “ɔdan no mu ne n’abɔnten.”
Ebetumi aba sɛ ɛfa sɛnea wɔyɛɛ apongua no anaa apon no akɛse ho.
Ɛfa Kronkronbea no ho.
Ebetumi aba sɛ ɛfa sɛnea wɔyɛɛ apongua no anaa apon no akɛse ho.
Hwɛ Nkh. B15.
Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “ahemfi.”
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ahemfi.”
Nt., “Abrannaa fi.”
Anaa “kɔbere a wɔde biribi afra.” Saa na ɛkyerɛ wɔ ha ne mmeae foforo wɔ ti yi mu.
Anaa “pomegranate.”
Ɛfa Kronkronbea no ho.
Anaa “anaafo.”
Ɛkyerɛ, “Ma Ɔmma [kyerɛ sɛ, ma Yehowa mma] Entim Pintinn.”
Anaa “atifi.”
Ebetumi akyerɛ “Ahoɔden Mu.”
Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.
Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “wogui.”
Anaa “na ɛne trɔk mũ no nyinaa bom.”
Anaa “na ne nyinaa bom.”
Hwɛ Nkh. B15.
Kyerɛ sɛ, Apata Afahyɛ no.
Nt., “wo ba a obefi w’asen mu aba.”
Anaa “ne yɔnko no frɛ nnome ba no so.” Kyerɛ sɛ, ɔma ɔka ntam sɛ nea ɔreka no, sɛ ɛyɛ nkontompo a, nnome mmra no so.
Nt., “nnome.”
Nt., “nnome.”
Nt., “bu ɔbɔnefo no ɔbɔnefo.”
Nt., “bu ɔtreneeni no ɔtreneeni.”
Anaa “woahiahia wɔn ho.”
Nt., “wɔn apon nkurow.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “na yɛ wɔn abisade biara a wɔde bɛto w’anim ma wɔn.”
Anaa “Hamat kwan ano.”
Nt., “da a ɛto so awotwe,” kyerɛ sɛ, nnafua ason ahorow abien no da a edi hɔ.
Anaa “ɔhene fi.”
Nt., “ayɛ akasabebu.”
Anaa “ɔhene fi.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Asaase Hunu.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “n’ahemfi.”
Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “baabi a ɛhɔ apagyaw.”
Anaa “sɛ ayeforo akyɛde; sɛ tiade.”
Anaa “hyɛɛ Geser ne Anaafo Bet-Horon den.”
Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “baabi a ɛhɔ apagyaw.”
Anaa “aborɔme; akasabebu.”
Anaa “Ɔde nnipa pii.”
Nt., “ná home biara nni ne mu bio.”
Anaa “ne wo nsɛm.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ɔhene fi.”
Nt., “nea ɛwɔ Ɔhene Solomon nsam a ɔde maa no.”
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Akyɛm nketewa a agyantofo taa kura.
Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, bɛnnaa baako yɛ gram 570. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “asono se.”
Anaa “koohaa; akokɔnini-abankwaa.”
Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”
Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔkra fii Egypt ne Kue; ná ɔhene aguadifo no tɔ fi Kue,” na ebetumi aba sɛ Kue no ara ne Kilikia.
Anaa “mo ne wɔn nnni ayeware.”
Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “ne yerenom nyaa ne so tumi paa.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ na ɛka Edom ho anaasɛ ɛbɛn hɔ.
Ɔnyɛ ɔhemmaa a odi ade.
Ebetumi nso akyerɛ, “otwaa abofra no nufu.”
Nt., “kunkum Sobafo.”
Nt., “maa ne nsa so tiaa.”
Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “hyɛ no ma.”
Kyerɛ sɛ, aseni.
Anaa “nea wo kra pɛ.”
Nt., “Nna.”
Anaa “mpire.”
Nt., “ntamadan mu.”
Nt., “wɔapaw wɔn.”
Nt., “nokware Nyankopɔn nipa.”
Anaa “hyɛɛ Sekem den.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “anwonwade.”
Anaa “anwonwade.”
Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.
Anaa “ɔde kyerɛɛ no so no kaa hɔ.”
Anaa “anwonwade.”
Anaa “merenni paanoo.”
Anaa “Nni paanoo.”
Anaa “kodi paanoo.”
Anaa “nni paanoo.”
Anaa “Nni paanoo.”
Anaa “ɔrekodi paanoo.”
Anaa “akodi paanoo.”
Anaa “Nni paanoo.”
Anaa “dii paanoo.”
Nt., “ɔde tumi hyɛɛ ne nsa ma ɔyɛɛ ɔsɔfo.”
Anaa “Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no.”
Anaa “ahoni a wɔagu.”
Nt., “obi a ɔdwensɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtiaa.
Nt., “metwa no akyene.”
Nt., “obetwa Yeroboam fi akyene.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Nt., “Nna.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔhene fi.”
Anaa “ɔhene fi.”
Nt., “ammirikatufo.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Abia no.
Kyerɛ sɛ, aseni.
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Asa nna.”
Anaa “ɔrehyɛ Rama kurow no den.”
Anaa “obiara rentumi mfi Yuda hene Asa asaase so mma anaa obiara rentumi nkɔ hɔ.”
Anaa “ɔhene fi.”
Anaa “Nhyehyɛe.”
Anaa “Nhyehyɛe.”
Anaa “Rama a ɔresiesie ma ayɛ den no.”
Anaa “kosiesiee Geba a ɛwɔ Benyamin, ne Mispa ma ɛyɛɛ den.”
Anaa “nkurow a ɔhyɛɛ no den.”
Anaa “ho nipa biara a ahome wɔ ne mu.”
Kyerɛ sɛ, Yeroboam ba Nadab.
Nt., “obi a ɔdwensɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtiaa.
Anaa “obetumi abɛtɔ ne mogya so were.”
Anaa “ɔhene fi.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛkyerɛ, “Semer Abusua Agyapade.”
Anaa “abosom dan.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”
Ɛkyerɛ, “Me Nyankopɔn Ne Yehowa.”
Nt., “migyina n’anim.”
Nt., “kosii sɛ afei de na ahome biara nni ne mu bio.”
Anaa “dɛn na me ne wo wɔ yɛ?”
Anaa “kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “ɔbaa nkwa mu.”
Nt., “retwa Yehowa adiyifo afi hɔ.”
Nt., “migyina n’anim.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Mobɛtɔ agu mo nan so.”
Anaa “owigyinae.”
Ebetumi nso akyerɛ, “watu kwan.”
Anaa “owigyinae.”
Anaa “reyɛ wɔn ho sɛ adiyifo.”
Seah susude baako yɛ lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “subon.”
Anaa “ɔbɔɔ n’asen.”
Anaa “memmaa wo kra nyɛɛ sɛ wɔn mu baako kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “ne kra nwu.”
Anaa “me kra.”
Anaa “me kra.”
Anaa “ne diyifo ataade.”
Anaa “me kra.”
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Ne Nkwagye.”
Anaa “anantwi abien abien.”
Anaa “ne diyifo ataade.”
Nt., “de bɔɔ afɔre.”
Anaa “wɔn apata ase.”
Anaa “owigyinae.”
Anaa “apata ase.”
Kyerɛ sɛ, bere a fefɛw bere bɛsan adu.
Nt., “kan.”
Kyerɛ sɛ, bere a nneɛma fefɛw.
Nt., “mpɔnkye kuw.”
Anaa “asraafo a wɔnam fam.”
Anaa “ahemfo a wɔn dɔ nni huammɔ.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wo kra.”
Anaa “ma me kra nnya nkwa.”
Anaa “apaw mmorɔn.”
Anaa “Apam.”
Sɛ wɔka sɛ “adiyifo mma” a, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ adesuakuw a wɔtete adiyifo wom anaa adiyifo nkabom kuw.
Anaa “wode wo kra besi ne kra ananmu.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “wo kra besi ne kra ananmu.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “wo honhom abotow.”
Anaa “mmuada.”
Nt., “woatɔn wo ho.”
Nt., “obi a ɔdwensɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtiaa.
Nt., “ɔtɔn ne ho.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “bepiapia.”
Anaa “ɔbɔfo.”
Nt., “ne paanoo.”
Anaa “tow n’agyan a n’ani nna.”
Nt., “nsraban yi mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “baabi a tuutuufo guare no, ɛhɔ na nkraman bɛtaforoo ne mogya.”
Anaa “asono se.”
Anaa “ahemfi.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.