Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Mateo 1:1-28:20
  • Mateo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mateo
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Mateo

MATEO KYERƐWTOHƆ

1 Abraham ba,+ Dawid ba+ Yesu Kristo* ho abakɔsɛm* nhoma:

 2 Abraham woo Isak;+

Isak woo Yakob;+

Yakob woo Yuda+ ne ne nuanom;

 3 Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera;+

Peres woo Hesron;+

Hesron woo Ram;+

 4 Ram woo Aminadab;

Aminadab woo Naason;+

Naason woo Salmon;

 5 Salmon ne Rahab+ woo Boas;

Boas ne Rut+ woo Obed;

Obed woo Yese;+

 6 Yese woo Ɔhene Dawid.+

Dawid ne Uria yere woo Solomon;+

 7 Solomon woo Rehoboam;+

Rehoboam woo Abia;

Abia woo Asa;+

 8 Asa woo Yehosafat;+

Yehosafat woo Yehoram;+

Yehoram woo Usia;

 9 Usia woo Yotam;+

Yotam woo Ahas;+

Ahas woo Hesekia;+

10 Hesekia woo Manase;+

Manase woo Amon;+

Amon woo Yosia;+

11 Yosia+ woo Yekonia+ ne ne nuanom bere a wɔde wɔn kɔɔ Babilon+ no.

12 Bere a wɔde wɔn kɔɔ Babilon akyi no, Yekonia woo Sealtiel;

Sealtiel woo Serubabel;+

13 Serubabel woo Abihud;

Abihud woo Eliakim;

Eliakim woo Asor;

14 Asor woo Sadok;

Sadok woo Akim;

Akim woo Elihud;

15 Elihud woo Eleasar;

Eleasar woo Matan;

Matan woo Yakob;

16 Yakob woo Maria kunu Yosef. Maria na ɔwoo Yesu+ a wɔfrɛ no Kristo+ no.

17 Enti awo ntoatoaso no nyinaa, efi Abraham so besi Dawid so no yɛ awo ntoatoaso 14; efi Dawid so besi bere a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no yɛ awo ntoatoaso 14; efi bere a wɔde wɔn kɔɔ Babilon besi Kristo so no yɛ awo ntoatoaso 14.

18 Sɛnea wɔwoo Yesu Kristo ni. Wɔde ne maame Maria maa Yosef sɛ ɔbea a ɔbɛware no. Bere a wonnya nwaree no, wohui sɛ honhom kronkron* ama wanyinsɛn.+ 19 Nanso, esiane sɛ na ne kunu Yosef teɛ na ɔmpɛ sɛ ogu Maria anim ase nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegyaa no a ɔremma obiara nte ho asɛm.+ 20 Na bere a odwinnwen eyinom ho wiei no, hwɛ! Yehowa* bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria akɔ fie, na honhom kronkron na ama wanyinsɛn.+ 21 Ɔbɛwo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu,*+ efisɛ obegye ne manfo afi wɔn bɔne mu.”+ 22 Eyinom nyinaa sii na ama nea Yehowa* nam ne diyifo so kae no aba mu sɛ: 23 “Hwɛ! Ɔbaabun no benyinsɛn na wawo ɔbabarima, na wɔbɛto ne din Imanuel,”+ a asekyerɛ ne sɛ, “Onyankopɔn Ne Yɛn Wɔ Hɔ.”+

24 Ɛnna Yosef nyan fii nna mu, na ɔyɛɛ nea Yehowa* bɔfo no ka kyerɛɛ no no, na ɔfaa ne yere kɔɔ fie. 25 Nanso ɔne no anna* kosii sɛ ɔwoo ɔbabarima,+ na ɔtoo ne din Yesu.+

2 Bere a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem+ a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode*+ nna no mu no, hwɛ! nsoromma mu ahwɛfo bi fi Apuei fam baa Yerusalem, 2 na wobisae sɛ: “Ɛhe na nea wɔawo no a ɔbɛyɛ Yudafo hene+ no wɔ? Bere a yɛwɔ Apuei fam na yehuu ne nsoromma, enti yɛaba sɛ yɛrebɛkotow no.” 3 Bere a Ɔhene Herode tee eyi no, ne koma tui, ɔne Yerusalemfo nyinaa. 4 Na ɔfrɛfrɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo nyinaa boaa ano, na obisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo* no. 5 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Betlehem+ a ɛwɔ Yudea, efisɛ eyi ne nea wɔnam odiyifo no so akyerɛw: 6 ‘Na wo, Betlehem a wowɔ Yuda asaase so, wonyɛ kurow ketewa wɔ Yuda atitiriw mu, efisɛ wo mu na sodifo bi befi aba; ɔno na ɔbɛhwɛ me man Israel.’”+

7 Ɛnna Herode frɛɛ nsoromma mu ahwɛfo no kodɛɛ, na ɔtɔɔ ne bo ase bisaa wɔn bere a nsoromma no puei. 8 Na ɔsomaa wɔn kɔɔ Betlehem, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na montɔ mo bo ase nhwehwɛ abofra kumaa no, na sɛ muhu no a, mommɛbɔ me amanneɛ, na me nso menkɔ nkɔkotow no.” 9 Bere a wotiee ɔhene no asɛm wiei no, wosiim kɔe, na hwɛ! nsoromma a wohui bere a na wɔwɔ Apuei Fam+ no dii wɔn anim kosii sɛ ekogyinaa faako a abofra kumaa no wɔ no atifi. 10 Bere a wohuu nsoromma no, wɔn ani gyei papaapa. 11 Na bere a wɔkɔɔ ofi no mu no, wohuu abofra kumaa no ne ne maame Maria, na wɔbɔɔ wɔn mu ase kotow no. Afei nso, wobuebuee wɔn nneɛma so kyɛɛ no ade—sika kɔkɔɔ ne ɛhyɛ* ne kurobow.* 12 Nanso, na Onyankopɔn abɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔdae mu+ sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode nkyɛn. Enti wofii hɔ kɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.

13 Bere a wofii hɔ kɔe no, hwɛ! Yehowa* bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ ɔdae mu,+ na ɔkae sɛ: “Sɔre, fa abofra kumaa no ne ne maame na guan kɔ Egypt, na tena hɔ kosi sɛ me ne wo bɛkasa, efisɛ Herode rebɛhwehwɛ abofra kumaa no akum no.” 14 Enti Yosef sɔree, na ɔfaa abofra kumaa no ne ne maame anadwo, na wɔkɔɔ Egypt. 15 Ɔtenaa hɔ kosii sɛ Herode wui. Eyi maa nea Yehowa* nam ne diyifo so kae no baa mu sɛ: “Egypt na mefrɛɛ me ba fii.”+

16 Afei bere a Herode hui sɛ nsoromma mu ahwɛfo no adaadaa no no, ne bo fuwii denneennen. Enti ɔsoma ma wokokunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem ne ne mpɔtam hɔ nyinaa, efi wɔn a wɔawo wɔn foforo so kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea bere a ohu fii nsoromma mu ahwɛfo+ no hɔ te no. 17 Eyi maa nea wɔnam odiyifo Yeremia so kae no baa mu. Ɔkae sɛ: 18 “Wɔtee nne bi wɔ Rama, osu ne nteɛteɛm pii. Ɛyɛ Rahel+ na ɔresu ne mma, na sɛ wɔkyekye ne werɛ a ɔmpene, efisɛ wonni hɔ bio.”+

19 Bere a Herode wui no, hwɛ! Yehowa* bɔfo yii ne ho adi wɔ ɔdae mu+ kyerɛɛ Yosef wɔ Egypt 20 na ɔkae sɛ: “Sɔre, fa abofra kumaa no ne ne maame na si mu kɔ Israel asaase so, efisɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ abofra kumaa no akum no no* awuwu.” 21 Enti ɔsɔree, na ɔfaa abofra kumaa no ne ne maame kɔɔ Israel asaase so. 22 Nanso bere a ɔtee sɛ Arkelao asi ne papa Herode ananmu redi Yudea so hene no, na osuro sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Afei nso, Onyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ wɔ ɔdae mu,+ enti ofii hɔ kɔɔ Galilea+ mantam mu. 23 Na ɔkɔtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret+ mu, na ama nea wɔnam adiyifo no so kae no aba mu sɛ: “Wɔbɛfrɛ no Nasaretni.”*+

3 Nna no mu no, Yohane+ Suboni bɛkaa asɛm+ wɔ Yudea sare so. 2 Ɔkae sɛ: “Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahenni no abɛn.”+ 3 Nokwarem no, oyi ne nea wɔnam odiyifo Yesaia+ so kaa ne ho asɛm sɛ: “Obi reteɛm wɔ sare so sɛ: ‘Munsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.’”+ 4 Ná Yohane hyɛ ataade a wɔde yoma nwi ayɛ, na na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen.+ Aduan a na odi yɛ mmebɛw ne ɛwo.*+ 5 Na nnipa fi Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Yordan mantam nyinaa mu kɔɔ ne nkyɛn,+ 6 na ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu,*+ na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne.

7 Bere a ohuu Farisifo ne Sadukifo+ bebree sɛ wɔreba baabi a ɔrebɔ asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nhurutoa* mma,+ hena na ɔka kyerɛɛ mo sɛ munguan abufuw a ɛreba no?+ 8 Ɛnde monsow aba a ɛkyerɛ sɛ moasakra mo adwene. 9 Ɛnsɛ sɛ mokeka kyerɛ mo ho sɛ, ‘Yɛn agya ne Abraham.’+ Na mereka akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn betumi ama Abraham anya mma afi abo yi mu. 10 Abonnua no da nnua no ntini ho dedaw. Enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa de agu ogya mu.+ 11 Me de, esiane mo adwensakra nti,+ mede nsu na ɛbɔ mo asu. Nanso nea odi m’akyi reba no wɔ tumi sen me, na memfata sɛ mɛworɔw ne mpaboa.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron ne ogya+ bɛbɔ mo asu.+ 12 Ne sofi a ɔde huw hwiit so kura ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowbea hɔ fitafita, na waboaboa ne hwiit ano agu adekoradan mu, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya+ a ennum da bɛhyew.”

13 Afei Yesu fii Galilea baa Yohane nkyɛn wɔ Yordan ho sɛ ɔmmɔ no asu.+ 14 Nanso Yohane yɛe sɛ obesiw no kwan, na obisae sɛ: “Me a ehia sɛ wobɔ me asu no, wo mmom na woreba me nkyɛn?” 15 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Saa bere yi de pene so, na ɛno ne ɔkwampa a yɛbɛfa so adi nea ɛteɛ nyinaa so.” Enti wansiw no kwan bio. 16 Bere a ɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ntɛm ara na Yesu fii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei,+ na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian aba no so te sɛ aburuburuw.+ 17 Na hwɛ! Nne bi fi soro+ kae sɛ: “Oyi ne me Ba,+ nea medɔ no na magye no atom.”+

4 Afei honhom no de Yesu kɔɔ sare so maa Ɔbonsam+ kɔsɔɔ no hwɛe.+ 2 Bere a ɔkyen kɔm* nnafua 40 awia ne anadwo wiei no, ɔkɔm dee no. 3 Na Ɔsɔhwɛfo+ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ abo yi ma ɛnnan paanoo.” 4 Nanso obuaa no sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa* anom+ nso.’”

5 Ɛnna Ɔbonsam de no kɔɔ kurow kronkron+ no mu, na ɔde no kogyinaa asɔredan no atifi,*+ 6 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho kɔhwe fam, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfo,’ na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem ɔbo.’”+ 7 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔakyerɛw nso sɛ: ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+

8 Ɔbonsam san de no kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam.+ 9 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede eyinom nyinaa bɛma wo.” 10 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi me so kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ: ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no,+ na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+ 11 Ɛnna Ɔbonsam gyaw no hɔ,+ na hwɛ! abɔfo bae, na wofii ase som no.+

12 Afei bere a ɔtee sɛ wɔakyere Yohane+ no, ofii hɔ kɔɔ Galilea.+ 13 Bio nso, bere a ofii Nasaret no, ɔbɛtenaa Kapernaum+ mpoano wɔ Sebulon ne Naftali mpɔtam, 14 na ama nea wɔnam odiyifo Yesaia so kae no aba mu sɛ: 15 “O Sebulon asaase ne Naftali asaase a ɛwɔ po kwan ho wɔ Yordan agya, amanaman Galilea! 16 Nnipa a wɔte sum mu huu hann+ kɛse bi, na wɔn a wɔtete beae a owu sunsuma atɔ so no, hann puee wɔn so.”+ 17 Efi saa bere no, Yesu fii asɛnka ase, na ɔkae sɛ: “Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahenni no abɛn.”+

18 Bere a ɔnam Galilea Po* no ho no, ohuu anuanom baanu bi, Simon a wɔfrɛ no Petro+ ne ne nua Andrea. Ná wɔregu asau wɔ po no mu, efisɛ na wɔyɛ mpataayifo.+ 19 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.”+ 20 Ntɛm ara na wogyaw wɔn asau no hɔ, na wodii n’akyi.+ 21 Bere a ofii hɔ a ɔrekɔ no, ohuu nnipa baanu bi a wɔn nso yɛ anuanom, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane.+ Ná wɔne wɔn papa Sebedeo wɔ ɔkorow mu resiesie wɔn asau, na ɔfrɛɛ wɔn.+ 22 Ntɛm ara na wogyaw wɔn papa ne ɔkorow no hɔ, na wodii n’akyi.

23 Afei okyinkyin Galilea nyinaa,+ kyerɛkyerɛe wɔ wɔn hyia adan mu+ kaa Ahenni no ho asɛmpa. Na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw ahorow a ɛwɔ nnipa no so nyinaa bi.+ 24 Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a nyarewa ne ɔhaw ahorow ama wɔreteetee, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so,+ wɔn a wɔyare otwa,+ ne wɔn a wɔabubu nyinaa brɛɛ no,+ na ɔsaa wɔn yare. 25 Enti nnipadɔm pii fi Galilea ne Dekapoli* ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii n’akyi.

5 Bere a ohuu nnipakuw no, ɔforo kɔɔ bepɔw no so, na bere a ɔtenaa ase no, n’asuafo no baa ne nkyɛn. 2 Afei obuee n’ano, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ:

3 “Anigye ne wɔn a wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ,*+ efisɛ ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.

4 “Anigye ne wɔn a wodi awerɛhow, efisɛ wɔbɛkyekye wɔn werɛ.+

5 “Anigye ne wɔn a wodwo,+ efisɛ asaase no bɛyɛ wɔn dea.+

6 “Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn,+ efisɛ wɔbɛmee.+

7 “Anigye ne mmɔborɔhunufo,+ efisɛ wobehu wɔn mmɔbɔ.

8 “Anigye ne wɔn a wɔn koma mu tew,+ efisɛ wobehu Onyankopɔn.

9 “Anigye ne wɔn a wɔhwehwɛ asomdwoe,*+ efisɛ wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.

10 “Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtan wɔn ani,+ efisɛ ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.

11 “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo yeyaw mo,+ na wɔtan mo ani,+ na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.+ 12 Momma mo ani nnye na munni ahurusi,+ efisɛ mo akatua +so wɔ soro, na saa ara na wɔtan adiyifo a wodii mo kan no ani.+

13 “Mone asaase so nkyene.+ Na sɛ nkyene dɛw* fi mu a, ɛbɛyɛ dɛn na asan anya ne dɛw* bio? Wɔrentumi mfa nyɛ hwee bio gye sɛ wɔtow gu abɔnten+ ma nnipa tiatia so.

14 “Mone wiase hann.+ Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw. 15 Nkurɔfo sɔ kanea a, wɔmfa nhyɛ kɛntɛn* ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ɛhyerɛn wɔn a wɔwɔ fie hɔ nyinaa so.+ 16 Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim,+ na wɔahu mo nnwuma pa+ na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.+

17 “Munnsusuw sɛ mebae sɛ merebɛsɛe Mmara anaa Adiyifo no. Mamma sɛ merebɛsɛe no, na mmom sɛ merebɛma aba mu.+ 18 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔsoro ne asaase twam mpo a, Mmara no mu nkyerɛwde ketewa baako anaa nkyerɛwde no bi ho nsensanee baako rentwam, kosi sɛ nea wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu nyinaa bɛbam.+ 19 Enti obiara a obu mmara a nkurɔfo bu no sɛ ɛho nhia yi mu baako so na ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ wɔnyɛ saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Na obiara a odi so na ɔkyerɛkyerɛ no, wɔbɛfrɛ no ɔkɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu. 20 Na mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mo trenee ammoro akyerɛwfo ne Farisifo+ no de so a, morenkɔ ɔsoro Ahenni no mu da.+

21 “Motee sɛ wɔka kyerɛɛ tetefo no sɛ: ‘Nni awu,+ na obiara a odi awu no bedi fɔ wɔ asɛnnibea.’+ 22 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔkɔ so ma ne bo fuw+ ne nua no bedi fɔ wɔ asɛnnibea. Obiara a ɔka asɛm a ɛyɛ asefem tia ne nua no bedi fɔ wɔ Asɛnnibea Kɛse* mu, na obiara a ɔka sɛ, ‘Woyɛ ɔkwasampani!’ no de, wɔde no bɛto Gehenna*+ gya a ɛredɛw mu.

23 “Enti sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka+ ho, na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, 24 gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ. Di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam; afei san bra na bɛbɔ w’afɔre.+

25 “Sɛ obi de wo rekɔ asɛnnibea a, bere a monam kwan so rekɔ no, wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm, na nea ɔrebɔ wo sobo no amfa wo anhyɛ ɔtemmufo nsa, na ɔtemmufo no amfa wo amma asɛnnibea somfo, na wɔamfa wo anto afiase.+ 26 Nokwarem mereka akyerɛ wo sɛ, woremfi hɔ kosi sɛ wubetua ɛka a wode no nyinaa; ɛrenka wo kaprɛ ba* mpo.

27 “Motee sɛ wɔkae sɛ: ‘Nsɛe aware.’+ 28 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea+ anya akɔnnɔ ama no no, ɔne no asɛe aware dedaw ne koma mu.+ 29 Na sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a, tu na tow kyene.+ Efisɛ eye ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua no nyinaa ato Gehenna.*+ 30 Afei nso, sɛ wo nsa nifa reto wo hintidua a, twa na tow kyene.+ Efisɛ eye ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sen sɛ wo nipadua no nyinaa bɛkɔ akowie Gehenna.*+

31 “Bio nso, wɔkae sɛ: ‘Obiara a obegyaa ne yere no, ɔmma no awaregyae krataa.’+ 32 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ* nti na obi gyaa ne yere a, ebetumi ama ɔbea no asɛe aware, na obiara a ɔbɛware ɔbea a wɔagyaa no no asɛe aware.+

33 “Motee nso sɛ wɔka kyerɛɛ tetefo no sɛ: ‘Nka ntam bere a wunni so,*+ na mmom sɛ wohyɛ Yehowa* bɔ a, di so.’+ 34 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ: Monnka ntam koraa.+ Monnka ɔsoro ntam, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua; 35 monnka asaase nso ntam, efisɛ ɛyɛ ne nan ntiaso;+ monnka Yerusalem ntam, efisɛ ɛyɛ Ɔhenkɛse no kurow.+ 36 Nka wo ti ntam, efisɛ worentumi mma ti nwi baako mpo nyɛ fitaa anaa tuntum. 37 Ɛno ara ne sɛ, momma mo ‘Yiw’ nyɛ yiw, na mo ‘Daabi’ nyɛ daabi,+ efisɛ nea ɛboro eyinom so no fi ɔbɔnefo no.+

38 “Motee sɛ wɔkae sɛ: ‘Aniwa nsi aniwa ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu.’+ 39 Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Mo ne ɔbɔnefo nnni asi, mmom obiara a ɔbɛbɔ w’aso nifa mu no, dan baako no nso ma no.+ 40 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔde wo kɔ asɛnnibea kogye w’ataade nhyɛase a, fa w’ataade nguguso nso ka ho ma no;+ 41 na sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wo sɛ monkɔ kwansin* baako a, wo ne no nkɔ akwansin abien. 42 Nea obisa wo hɔ ade no, fa ma no, na nnan w’akyi nkyerɛ obi a ɔpɛ sɛ ogye wo hɔ bosea* no.+

43 “Motee sɛ wɔkae sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko+ na tan wo tamfo.’ 44 Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo,+ na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo ani,+ 45 na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma.+ Efisɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so, na ɔma osu tɔ gu atreneefo ne abɔnefo so.+ 46 Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na mowɔ?+ Ɛnyɛ saa ara na wɔn a wogyigye tow nso yɛ anaa? 47 Na sɛ mukyia mo nuanom nko ara a, dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ ho? Ɛnyɛ saa ara na amanaman mufo nso yɛ anaa? 48 Ɛno nti, sɛnea mo Agya a ɔwɔ soro no wie pɛyɛ wɔ biribiara mu no, mo nso munwie pɛyɛ* saa ara.+

6 “Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee wɔ nnipa anim sɛnea wobehu mo;+ anyɛ saa a, morennya akatua biara mfi mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. 2 Enti sɛ woreyɛ adɔe* a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ wɔ hyiadan ne mmɔnten so na ama nnipa ahyɛ wɔn anuonyam no. Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 3 Na wo de, sɛ woreyɛ adɔe a, mma wo nsa benkum nnhu nea wo nsa nifa reyɛ, 4 na ama w’adɔe ayɛ kokoam de. Ɛno na w’Agya a ohu kokoam no betua wo ka.+

5 “Afei nso, sɛ mobɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo+ no, efisɛ wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmantwea wɔ mmɔnten so bɔ mpae, sɛnea nnipa behu wɔn.+ Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 6 Nanso sɛ worebɔ mpae a, kɔ wo pia mu, na to wo pon mu, na bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpae.+ Ɛno na w’Agya a ohu kokoam no betua wo ka. 7 Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii sɛnea amanaman mufo yɛ no, efisɛ wosusuw sɛ wɔn nsɛm dodow nti wobetie wɔn. 8 Enti monnyɛ sɛ wɔn, efisɛ mo Agya nim nneɛma a muhia+ koraa ansa na moabisa no.

9 “Enti mommɔ mpae sɛ:+

“‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din+ ho ntew.*+ 10 W’Ahenni+ mmra. W’apɛde+ nyɛ hɔ wɔ asaase so+ te sɛ ɔsoro. 11 Ma yɛn aduan* a yehia no nnɛ da yi;+ 12 na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛn nso, yɛde akyɛ wɔn a wɔde yɛn aka no.+ 13 Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu,+ mmom gye yɛn fi ɔbɔnefo no+ nsam.’

14 “Na sɛ mode nkurɔfo mfomso kyɛ wɔn a, mo soro Agya nso de mo de bɛkyɛ mo;+ 15 na sɛ moamfa nkurɔfo mfomso ankyɛ wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.+

16 “Sɛ moreyɛ akɔnkyen*+ a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ te sɛ nyaatwomfo no, efisɛ wɔyɛ wɔn anim basaa* na ama nnipa ahu sɛ wɔreyɛ akɔnkyen.+ Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 17 Na wo de, sɛ woreyɛ akɔnkyen a, fa ngo sra wo tirim na hohoro w’anim, 18 na nnipa anhu sɛ woreyɛ akɔnkyen, na mmom w’Agya a ɔwɔ kokoam no nko ara ahu. Ɛno na w’Agya a ohu kokoam no betua wo ka.

19 “Munnyae sɛ moboaboa agyapade ano wɔ asaase so no,+ baabi a nwewemmoa* ne nkannare sɛe no, na akorɔmfo bubu kowia. 20 Mmom no, mommoaboa mo agyapade ano wɔ soro,+ baabi a nwewemmoa* anaa nkannare nsɛe no,+ na akorɔmfo mmubu nkowia. 21 Efisɛ baabi a w’agyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.

22 “Nipadua kanea ne aniwa.+ Enti sɛ w’aniwa hwɛ tẽẽ* a, wo nipadua nyinaa bɛhyerɛn.* 23 Nanso sɛ wowɔ ani a ɛbere ade*+ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ sum. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, ɛnde na ɛyɛ esum kabii!

24 “Obiara rentumi nsom awuranom baanu; efisɛ ɔbɛtan ɔbaako na wadɔ ɔbaako,+ anaasɛ ɔbɛbata ɔbaako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Morentumi nsom* Onyankopɔn nsan nsom Ahonyade.+

25 “Eyi nti mereka akyerɛ mo sɛ: Munnyae sɛ mudwinnwen+ mo nkwa* ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ.+ Nkwa* nhia nsen aduan? Na nipadua no nsen ataade anaa?+ 26 Momfa mo ani nto fam nhwɛ wim nnomaa;+ wongu aba, wontwa, wɔmmoaboa ano ngu adekoradan mu, nanso mo soro Agya ma wɔn aduan. Mo ho nhia pii nsen wɔn anaa? 27 Mo mu hena na sɛ odwinnwen a obetumi de basafa* baako aka ne nkwa nna ho?+ 28 Bio nso, adɛn nti na mudwinnwen ataade ho? Monhwɛ nhwiren* na munsua biribi, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntama; 29 nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Solomon+ mpo, n’anuonyam nyinaa akyi no, wansiesie ne ho sɛ nhwiren yi mu baako. 30 Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu ogya mu no ataade a, ɔrenhyɛ mo ataade mmoro so anaa, mo a mo gyidi sua? 31 Enti ɛnsɛ sɛ mudwinnwen da,+ na moka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’+ 32 Eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.

33 “Enti, monkɔ so nhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.+ 34 Enti ɛnsɛ sɛ mudwinnwen ɔkyena ho da,+ efisɛ ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Ɛda biara wɔ n’ankasa haw a ɛdɔɔso ma no.

7 “Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn,+ na wɔammu mo atɛn. 2 Na atɛn a mubu no, ɛno ara na wobebu mo;+ ade a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.+ 3 Adɛn nti na wohwɛ ntɛtɛwa a ɛda wo nua aniwa so, na wunhu dua* a ɛda w’ankasa aniwa so?+ 4 Anaasɛ wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma minyi ntɛtɛwa no mfi w’aniwa so,’ bere a hwɛ! dua* da w’ankasa aniwa so? 5 Nyaatwomni! Di kan yi dua* no fi w’ankasa aniwa so; ɛno bɛma woahu ade yiye na woayi ntɛtɛwa no afi wo nua aniwa so.

6 “Mommfa ade a ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monntow mo abohene nngu mprako anim,+ na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔannan wɔn ho ammɛtetew mo mu.

7 “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo;+ monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo.+ 8 Efisɛ obiara a obisa no, ne nsa bɛka,+ na obiara a ɔhwehwɛ no, obehu, na obiara a ɔbɔ mu no, wobebue no. 9 Na mo mu hena na ne ba bisa no paanoo a, ɔbɛma no ɔbo? 10 Anaasɛ obisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ? 11 Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma akyɛde pa a, ɛnde mo Agya a ɔwɔ soro no nso ɛ? Ɔde nneɛma pa+ bɛma wɔn a wobisa no+ no ama aboro so!

12 “Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa yɛ ma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.+ Nokwarem no, saa na Mmara ne Adiyifo no kyerɛ.+

13 “Momfa ɔpon teateaa no mu,+ efisɛ ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no kɔ ɔsɛe mu, na wɔn a wɔnam saa pon no mu no yɛ bebree. 14 Na ɔpon teateaa ne ɔkwan ketewa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.+

15 “Monhwɛ yiye wɔ atoro adiyifo ho.+ Wɔde nguan nhoma kata wɔn ho ba mo nkyɛn,+ nanso wɔyɛ mpataku*+ a wɔfom aduan.* 16 Wɔn aba na mode behu wɔn. Nkurɔfo rentumi ntetew bobe wɔ nsɔe so da, na wɔrentumi ntetew borɔdɔma nso wɔ nkyɛkyerɛ so da. Ɛnte saa anaa?+ 17 Saa ara na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne biara sow aba bɔne.+ 18 Dua pa rentumi nsow aba bɔne, na dua bɔne rentumi nsow aba pa.+ 19 Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu ogya mu.+ 20 Ɛno nti, saa atoro adiyifo no aba na mode behu wɔn.+

21 “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni no mu; mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no,+ ɔno na ɔbɛkɔ mu. 22 Ɛda no, nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ: ‘Awurade, Awurade,+ yɛamfa wo din anhyɛ nkɔm, na yɛamfa wo din antu ahonhommɔne, na yɛamfa wo din anyɛ anwonwade* bebree anaa?’+ 23 Ɛnna mɛka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Minnim mo da! Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nneɛma bɔne!*+

24 “Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔde yɛ adwuma no, ɔbɛyɛ sɛ onyansafo* bi a osii ne dan sii ɔbotan so.+ 25 Na osu tɔe na eyirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ ɔdan no, nanso ammu, efisɛ na wasi asi ɔbotan so. 26 Afei, obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔmfa nyɛ adwuma no, ɔbɛyɛ sɛ ɔkwasea bi a osii ne dan sii anwea so.+ 27 Na osu tɔe na eyirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ ɔdan no+ ma edwiriw gui, na ebubui pasaa.”

28 Bere a Yesu wiee nsɛm yi no, ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn,+ 29 efisɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ obi a ɔwɔ tumi,+ na ɛnte sɛ wɔn akyerɛwfo no.

8 Bere a osian fii bepɔw no so no, nnipadɔm bebree dii n’akyi. 2 Na hwɛ! ɔkwatani bi bae, na ɔbɛkotow no kae sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ a, wubetumi asa me yare.”*+ 3 Enti ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na ɔkae sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”*+ Na amonom hɔ ara ne kwata no kɔe.+ 4 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanka ankyerɛ obiara;+ mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo no,+ na fa akyɛde* a Mose hyɛ too hɔ no ma,+ na ayɛ adanse ama wɔn.”

5 Bere a ɔkɔɔ Kapernaum no, ɔsraani panyin bi baa ne nkyɛn bɛpaa no kyɛw+ 6 sɛ: “Owura, m’akoa abubu da fie, na ɔrehu amane papaapa.” 7 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ midu hɔ a, mɛsa no yare.” 8 Ɔsraani panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, memfata sɛ woba me fi. Wo de, ka biribi, na m’akoa no ho bɛtɔ no. 9 Efisɛ me nso mehyɛ obi ase, na mewɔ asraafo hyɛ m’ase. Meka kyerɛ oyi sɛ, ‘Kɔ!’ na ɔkɔ, na meka kyerɛ ɔfoforo sɛ ‘Bra!’ na waba, na meka kyerɛ m’akoa sɛ ‘Yɛ eyi!’ na wayɛ.” 10 Bere a Yesu tee saa no, ɛyɛɛ no nwonwa. Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: “Mereka nokware akyerɛ mo: obiara nni Israel a mahu gyidi a ɛso saa wɔ ne mu.+ 11 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ nnipa bebree fi apuei ne atɔe bɛba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena pon ho adidi wɔ ɔsoro Ahenni mu.+ 12 Na Ahenni mma no de, wɔbɛtow wɔn agu sum mu wɔ abɔnten. Ɛhɔ na wobesu na wɔaka wɔn se asi so denneennen.”*+ 13 Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔsraani panyin no sɛ: “Kɔ. Sɛnea woagye adi no, ɛmmra mu saa ara mma wo.”+ Na akoa no ho tɔɔ no saa bere no ara.+

14 Na bere a Yesu baa Petro fi no, ohui sɛ n’asebea+ da hɔ a ɔyare atiridii.+ 15 Enti osoo ne nsa,+ na atiridii no gyaee. Afei ɔbea no sɔree, na ofii ase som Yesu. 16 Na eduu anwummere no, nkurɔfo de nnipa bebree a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ no, na ɔkaa asɛm de tuu ahonhom no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare, 17 sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔnam odiyifo Yesaia so kae no bɛba mu sɛ: “Ɔno na ɔfaa yɛn nyarewa na ɔsoaa yɛn yaw.”*+

18 Bere a Yesu huu nnipadɔm a atwa ne ho ahyia no, ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ wontwa nkɔ asuogya.+ 19 Na ɔkyerɛwfo bi bae, na ɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.”+ 20 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakraman* wɔ abon, na ewim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa Ba no de, onni baabi a ɔde ne ti to.”+ 21 Na osuani foforo ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma me kwan ma minkosie me papa ansa.”+ 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ so di m’akyi, na ma awufo nsie wɔn awufo.”+

23 Na bere a ɔforoo ɔkorow no, n’asuafo no dii n’akyi.+ 24 Afei, hwɛ! mframa kɛse bi bɔe wɔ po no so, enti na asorɔkye no rekata ɔkorow no so; nanso ɔno de, na wada.+ 25 Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no. Na wɔkae sɛ: “Awurade, gye yɛn na yɛrebewuwu!” 26 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na ehu aka mo* saa, mo a mo gyidi sua?”+ Afei ɔsɔree, na ɔteɛteɛɛ mframa ne po no, na ɛyɛɛ dinn.+ 27 Enti mmarima no ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Onipa bɛn koraa ni? Mframa ne ɛpo mpo tie no.”

28 Bere a oduu asuogya wɔ Gadarafo asaase so no, mmarima baanu a wɔwɔ ahonhommɔne fi amusiei* behyiaa no.+ Ná wɔn ani so yɛ krakra paa, enti na obiara nni akokoduru a ɔde betwam afa saa kwan no so. 29 Na hwɛ! wɔteɛteɛɛm kae sɛ: “Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn Ba?+ Wobaa ha sɛ worebɛhaw yɛn+ ansa na bere a wɔahyɛ no adu anaa?”+ 30 Ná mprako bebree bi redidi wɔ akyirikyiri baabi.+ 31 Enti ahonhommɔne no fii ase paa no kyɛw sɛ: “Sɛ wutu yɛn a, ma yɛnkɔhyɛ mprako yi mu.”+ 32 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ!” Ɔkaa saa no, wopuei, na wokowurawuraa mprako no mu, na hwɛ! mprako no nyinaa de mmirika fii bepɔw* no so koguu po no mu, na wowuwui wɔ nsu no mu. 33 Na wɔn a wɔhwɛ mmoa no guanee, na wɔkɔɔ kurow no mu kɔkaa nea asi nyinaa; wɔkaa mmarima a wɔwɔ ahonhommɔne no asɛm no nso kaa ho. 34 Na hwɛ! kurow no mufo nyinaa puei sɛ wɔrekohyia Yesu. Bere a wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn mantam mu hɔ nkɔ.+

9 Enti ɔforoo ɔkorow no, na otwa kɔɔ ɔno ara ne kurom.*+ 2 Na hwɛ! na wɔde obubuafo bi a ɔda kɛtɛ so rebrɛ no. Bere a Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam! Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 3 Ɛnna akyerɛwfo bi keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Damfo yi reka abususɛm.” 4 Ná Yesu nim wɔn adwene, enti obisae sɛ: “Adɛn nti na moredwen bɔne mo koma mu?+ 5 Mohwɛ a, nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ́ wɔbɛka sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nantew’?+ 6 Nanso, nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti—” afei ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi.”+ 7 Ɛnna ɔsɔree, na ɔkɔɔ ne fi. 8 Bere a nnipadɔm no huu eyi no, ehu kaa wɔn. Na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde tumi a ɛte saa maa nnipa no anuonyam.

9 Afei, bere a Yesu refi hɔ akɔ no, ohuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Mateo sɛ ɔte baabi a wogyigye tow, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bedi m’akyi.” Ɛhɔ ara na ɔsɔree, na odii n’akyi.+ 10 Akyiri yi, bere a ɔredidi* wɔ fie hɔ no, hwɛ! wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo bebree bae, na wofii ase ne Yesu ne n’asuafo no didii.*+ 11 Na bere a Farisifo no huu eyi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo no ne wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo didi?”+ 12 Bere a ɔtee nea wɔreka no, ɔkae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.+ 13 Afei monkɔ na munkosua nea eyi kyerɛ: ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na ɛnyɛ afɔrebɔ.’+ Na mammɛfrɛ atreneefo na mmom nnebɔneyɛfo.”

14 Afei Yohane asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: “Adɛn nti na yɛne Farisifo no yɛ akɔnkyen* na w’asuafo no nyɛ akɔnkyen?”+ 15 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Bere a ayeforokunu+ no da so wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Nanso bere bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn,+ ɛno na afei wɔbɛyɛ akɔnkyen. 16 Obiara nni hɔ a ɔde ntama foforo tare ataade dedaw mu; efisɛ ntama foforo no bɛtew afi ataade no mu, na ataade no bɛtew kɛse akyɛn kan no.+ 17 Saa ara nso na nkurɔfo mfa bobesa foforo ngu nsã kotoku dedaw mu. Sɛ wɔyɛ saa a, nsã kotoku no pae ma nsã no hwie gu, na nsã kotoku no sɛe. Mmom no, wɔde bobesa foforo gu nsã* kotoku foforo mu na abɔ abien no nyinaa ho ban.”

18 Bere a ɔreka eyinom akyerɛ wɔn no, hwɛ! ɔpanyin* bi a na waba hɔ bɛkotow no kae sɛ: “Saa bere yi de, ɛbɛyɛ sɛ me babea no awu; nanso bra na fa wo nsa begu no so, na ɔbɛba nkwa mu.”+

19 Ɛnna Yesu sɔree, na ɔne n’asuafo no dii n’akyi. 20 Na hwɛ! ɔbea bi a mogya atu no+ mfe 12 faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’ataade nguguso ano.+ 21 Nea na ɔreka wɔ ne mu ne sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’ataade nguguso no kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.” 22 Yesu dan ne ho, na ohuu no no, ɔkae sɛ: “Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam! Wo gyidi ama wo ho atɔ wo.”+ Na saa bere no ara, ɔbea no ho tɔɔ no.+

23 Afei, bere a Yesu baa ɔpanyin* no fi, na ohuu wɔn a wɔrebɔ atɛntɛbɛn ne nnipadɔm a wɔreyɛ gyegyeegye no,+ 24 Yesu kae sɛ: “Mumfi ha, na abeawa no nwui, na mmom wada.”+ Ɔkaa saa no, wofii ase serew no. 25 Bere a nnipadɔm no fii adi ara pɛ, ɔkɔɔ baabi a abeawa no da no kosoo ne nsa,+ na abeawa no sɔree.+ 26 Nokwarem no, eyi ho asɛm trɛw kɔɔ mpɔtam hɔ nyinaa.

27 Bere a Yesu fii hɔ a ɔrekɔ no, anifuraefo baanu+ dii n’akyi teɛteɛɛm sɛ: “Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ.” 28 Bere a ɔkɔɔ fie hɔ no, anifuraefo no baa ne nkyɛn, na Yesu bisaa wɔn sɛ: “Mowɔ gyidi sɛ metumi ayɛ eyi?”+ Wobuaa no sɛ: “Yiw, Awurade.” 29 Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn ani+ kae sɛ: “Sɛnea mo gyidi te no, ɛnyɛ saa ara mma mo.” 30 Na wɔn ani huu ade. Bio nso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ: “Monhwɛ na obiara ante ho asɛm.”+ 31 Nanso bere a wopuee abɔnten no, wɔmaa mpɔtam hɔfo nyinaa tee ne ho asɛm.

32 Bere a wɔrefi hɔ no, hwɛ! nkurɔfo de mum bi a ɔwɔ honhommɔne brɛɛ no.+ 33 Na bere a otuu honhommɔne no, ɔbarima a ɔyɛ mum no kasae.+ Ɛmaa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Wonhuu biribi a ɛte sɛɛ da wɔ Israel.”+ 34 Nanso Farisifo no kae sɛ: “Ɔnam ahonhommɔne panyin so na etu ahonhommɔne.”+

35 Na Yesu kokyinkyin nkurow ne nkuraa nyinaa mu, na ɔkyerɛkyerɛe wɔ wɔn hyia adan mu kaa Ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa bi.+ 36 Bere a ohuu nnipadɔm no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ efisɛ na wɔayɛ sɛ nguan a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ a wonni hwɛfo.+ 37 Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea ɛwom ne sɛ, afuw no mu nnɔbae a ɛsɛ sɛ wotwa no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua.+ 38 Enti monsrɛ afuw Wura no, na ɔnsoma adwumayɛfo mmetwa ne nnɔbae no bi.”+

10 Enti ɔfrɛɛ n’asuafo 12 no, na ɔmaa wɔn ahonhom fĩ so tumi+ sɛ wontu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa bi.

2 Asomafo 12 no din ni:+ Nea odi kan ne Simon, nea wɔfrɛ no Petro+ no, ne ne nua Andrea;+ Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane;+ 3 Filipo ne Bartolomeo;*+ Toma+ ne Mateo+ a ogyigye tow no;* Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo;* 4 Nsiyɛfo Simon,* ne Yuda Iskariot a akyiri yi oyii no mae no.+

5 Saa 12 yi na Yesu somaa wɔn, na ɔmaa wɔn akwankyerɛ sɛ:+ “Mommman nnkɔfa amanaman no kwan so, na monnkɔ Samariafo kurow biara mu;+ 6 Israel fi nguan a wɔayera no mmom na monkɔ wɔn nkyɛn daa.+ 7 Sɛ mokɔ a, monka sɛ: ‘Ɔsoro Ahenni no abɛn.’+ 8 Monsa ayarefo yare,+ munnyan awufo, monsa akwatafo yare,* muntu ahonhommɔne. Munyaa no kwa, momfa mma kwa. 9 Mommpɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔso* mu,+ 10 na mommfa aduan kotoku nntu kwan no, anaa ntaade abien, anaa mpaboa anaa poma,+ efisɛ odwumayɛni aduan fata no.+

11 “Kurow anaa akuraa biara a mobɛkɔ mu no, monhwehwɛ obi a ɔfata wɔ mu, na montena hɔ nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ.+ 12 Sɛ muwura ofi bi mu a, munkyia ofi no mufo. 13 Sɛ ofi no fata a, momma mo asomdwoe mmra so,+ na sɛ ɛmfata a, momma mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn. 14 Baabiara a mobɛkɔ a obi annye mo anaasɛ wantie mo asɛm no, sɛ morefi saa ofi anaa kurow no mu akɔ a, momporoporow mo nan ase mfuturu.+ 15 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, Atemmu Da no, nea ɛbɛto saa kurow no, ɛbɛkyɛn Sodom ne Gomora+ asaase no.

16 “Hwɛ! meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku* mu; enti momma mo ani nna hɔ* sɛ awɔ, na monyɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm te sɛ mmuruburuw.*+ 17 Monhwɛ mo ho yiye wɔ nnipa ho, efisɛ wɔde mo bɛkɔ asɛnnibea,+ na wobetwa mo mmaa+ wɔ wɔn hyia adan mu.+ 18 Na me nti, wɔde mo bɛkɔ amrado ne ahemfo anim,+ na ama moadi wɔne amanaman no adanse.+ 19 Nanso sɛ wɔde mo kɔ atumfo no anim a, munnnwinnwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka ho, na wɔde nea mobɛka bɛma mo amonom hɔ ara.+ 20 Efisɛ ɛnyɛ mo ara na mobɛkasa, mmom mo Agya no honhom na ɛnam mo so bɛkasa.+ 21 Afei nso, onua beyi onua ama ma wɔakum no, na papa ayi ne ba ama, na mma bɛsɔre atia wɔn awofo, na wɔbɛma wɔakum wɔn.+ 22 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo,+ na nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.+ 23 Sɛ wɔtan mo ani wɔ kurow baako mu a, munguan nkɔ foforo mu;+ nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, morenwie mo adwuma no wɔ Israel nkurow nyinaa mu ansa na onipa Ba no aba.

24 “Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nsen ne wura.+ 25 Sɛ osuani bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo a, ɛno ara dɔɔso, na akoa nso bɛyɛ sɛ ne wura+ a, ɛno ara dɔɔso. Sɛ nnipa afrɛ ofiwura no Beelsebub*+ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔremfrɛ ne fifo no saa ara? 26 Enti munnsuro wɔn, na biribiara nni hɔ a wɔakata so a ɛrenna adi, na ahintasɛm biara nni hɔ a ɛrempue.+ 27 Nea meka kyerɛ mo sum mu no, monka no hann mu; nea wɔka gu mo asom no, monka no adan atifi.+ 28 Na munnsuro wɔn a wokum nipadua nanso wontumi nkum ɔkra*+ no; mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne nipadua no nyinaa wɔ Gehenna.*+ 29 Wɔtɔn nkasanoma abien gye kaprɛ,* ɛnte saa? Nanso wɔn mu baako mpo ntɔ fam a mo Agya renhu.+ 30 Na mo ti nwi mpo, wakan ne nyinaa. 31 Enti munnsuro; mo ho hia sen nkasanoma bebree.+

32 “Enti obiara a ɔbɔ me din wɔ nnipa anim no,+ me nso mɛbɔ ne din wɔ m’Agya a ɔwɔ soro no anim.+ 33 Na obiara a ɔpo* me wɔ nnipa anim no, me nso mɛpo* no wɔ m’Agya a ɔwɔ soro no anim.+ 34 Munnnwen sɛ mede asomdwoe baa asaase so; ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom sekan.+ 35 Na mede mpaapaemu na ɛbae, na ɔbarima asɔre atia ne papa, na ɔbabea asɔre atia ne maame, na ɔbea warefo asɔre atia n’asebea.+ 36 Nokwasɛm ne sɛ, onipa ankasa fifo na wɔbɛyɛ n’atamfo. 37 Nea ɔpɛ ne papa anaa ne maame asɛm sen me no, ɔmfata sɛ ɔyɛ me suani. Na nea ɔpɛ ne babarima anaa ne babea asɛm sen me no, ɔmfata sɛ ɔyɛ me suani.+ 38 Na obiara a ɔmfa n’asɛndua* na onni m’akyi no, ɔmfata sɛ ɔyɛ me suani.+ 39 Obiara a ɔbɛyɛ sɛ obegye ne kra* no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti ɔbɛhwere ne kra* no, ne nsa bɛka.+

40 “Obiara a ogye mo no gye me nso, na obiara a ogye me no gye Nea ɔsomaa me no nso.+ 41 Obiara a ogye odiyifo esiane sɛ ɔyɛ odiyifo nti no, obenya odiyifo akatua,+ na obiara a ogye ɔtreneeni esiane sɛ ɔyɛ ɔtreneeni nti no, obenya ɔtreneeni akatua. 42 Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwini kuruwa ma* anom esiane sɛ ɔyɛ osuani nti no, nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, n’akatua remmɔ no da.”+

11 Bere a Yesu maa n’asuafo 12 no akwankyerɛ wiei no, ofii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no wɔ wɔn nkurow no mu.+

2 Na bere a Yohane da afiase+ a ɔtee nnwuma a Kristo reyɛ no, ɔsomaa n’asuafo+ 3 kobisaa no sɛ: “Wone Nea Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforo kwan?”+ 4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monkɔka nea mote na muhu no nkyerɛ Yohane sɛ:+ 5 Seesei anifuraefo hu ade,+ mmubuafo nantew, akwatafo+ nya ayaresa,* wɔn a wɔn aso asiw te asɛm, wonyan awufo, na wɔka asɛmpa no+ kyerɛ ahiafo. 6 Anigye ne obiara a mentoo no hintidua.”+

7 Bere a eyinom nam kwan so rekɔ no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Dɛn na mokɔɔ sare so kɔhwɛe?+ Demmire* a mframa rewosow no anaa?+ 8 Ɛnde, dɛn na mupue kɔhwɛe? Ɔbarima a ɔhyɛ ataade pa* anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntaade pa no, wɔte ahemfi. 9 Dɛn nti koraa na mupuei? Mokɔhwɛɛ odiyifo anaa? Yiw, ɔyɛ odiyifo, na ɔsen odiyifo mpo.+ 10 Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: ‘Hwɛ! meresoma me somafo adi w’anim, na ɔno na obesiesie kwan mu ama wo!’+ 11 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu no, obiara mmae a ɔyɛ kɛse sen Yohane Suboni; nanso nea osua wɔ ɔsoro Ahenni mu no yɛ kɛse sen no.+ 12 Efi Yohane Suboni bere so besi nnɛ no, ɔsoro Ahenni no ne botae a nnipa repere adu ho, na wɔn a wɔyere wɔn ho denneennen no nsa ka.+ 13 Efisɛ Adiyifo no ne Mmara no nyinaa hyɛɛ nkɔm besii Yohane so.+ 14 Na sɛ mubegye atom a, ɔno ne ‘Elia a ɔreba no.’+ 15 Ma nea ɔwɔ aso no ntie.

16 “Hena na mede awo ntoatoaso yi bɛtoto ne ho?+ Ɛte sɛ mmofra nkumaa a wɔtete gua so a wɔreteɛm frɛ wɔn mfɛfo 17 sɛ: ‘Yɛde atɛntɛbɛn bɔɔ nnwom maa mo, nanso moansaw; yesui na yɛteɛteɛɛm, nanso moanni awerɛhow.’* 18 Saa ara nso na Yohane bae no, wannidi na wannom, na nkurɔfo se, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 19 Onipa Ba no aba; odidi na ɔnom,+ nanso nkurɔfo ka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔbarima didifo* ne kɔwensani, wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo adamfo.’+ Nanso, nyansa nam ne nnwuma so* di bem.”*+

20 Afei ofii ase kaa nkurow a ɔyɛɛ n’anwonwade dodow no ara wom no anim, efisɛ wɔansakra: 21 “Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ anwonwade a ɛkɔɔ so wɔ mo mu no, sɛ ɛkɔɔ so wɔ Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra afurafura awerɛhow ntama* atenatena nsõ mu+ dedaadaw. 22 Enti mereka akyerɛ mo sɛ, nea ɛbɛto mo Atemmu Da no, ɛbɛkyɛn Tiro ne Sidon.+ 23 Na wo Kapernaum,+ wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Ɔdamoa* mu na wubesian akɔ;+ efisɛ anwonwade a wɔyɛe wɔ wo mu no, sɛ wɔyɛe wɔ Sodom a, anka ɛwɔ hɔ de besi nnɛ da yi. 24 Enti mereka akyerɛ mo sɛ, nea ɛbɛto wo Atemmu Da no, ɛbɛkyɛn Sodom asaase no.”+

25 Saa bere no, Yesu kae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asaase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asie anyansafo ne animdefo, na woayi no adi akyerɛ mmofra nkumaa.+ 26 O Agya, ɛyɛ ampa, efisɛ eyi ne ɔkwan a ɛsɔ w’ani. 27 M’Agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa,+ na obiara nnim Ɔba no yiye gye Agya no,+ na saa ara nso na obiara nnim Agya no yiye gye Ɔba no, ne nea Ɔba no pɛ sɛ ɔda Agya no adi kyerɛ no no.+ 28 Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. 29 Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu,+ na mubenya ɔhome.* 30 Efisɛ me kɔndua soa nyɛ den na m’adesoa yɛ hare.”

12 Saa bere no, Yesu kɔfaa hwiit* afuw mu Homeda. Ɔkɔm dee n’asuafo no, na wofii ase tetew* hwiit mmɛtem no bi wee.+ 2 Bere a Farisifo no huu eyi no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! W’asuafo no reyɛ biribi a mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda.”+ 3 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Dawid yɛe bere a ɔkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no, monkenkanee?+ 4 Dawid kɔɔ Onyankopɔn fi, na ɔne ne mmarima no dii paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim no.*+ Ná mmara mma kwan sɛ ɔno anaa wɔn a wɔka ne ho no di bi, gye asɔfo no nko ara.+ Saa asɛm no, monkenkanee? 5 Anaa monkenkanee wɔ Mmara no mu sɛ, edu Homeda a, asɔfo a wɔwɔ asɔrefi hɔ no bu Homeda no so nanso wonni fɔ?+ 6 Nso mereka akyerɛ mo sɛ, nea ɛso sen asɔrefi no wɔ ha.+ 7 Nanso asɛm a ɛne, ‘Mepɛ mmɔborɔhunu+ na ɛnyɛ afɔrebɔ’+ no, muhuu nea ɛkyerɛ a, anka moammu wɔn a wɔn ho nni asɛm no fɔ. 8 Efisɛ Onipa Ba no ne Homeda Wura.”+

9 Bere a ofii hɔ no, ɔkɔɔ wɔn hyiadan mu. 10 Na hwɛ! ná onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu!*+ Afei nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ no sobo no, wobisaa no sɛ, “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yare Homeda?”+ 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mu hena na sɛ ɔwɔ oguan baako na ɔtɔ amoa mu Homeda a, ɔrenso ne mu nyi no mfi mu?+ 12 Onipa ho hia koraa* sen oguan! Enti mmara ma kwan sɛ wɔyɛ adepa Homeda.” 13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛe, na ɛsan yɛɛ yiye te sɛ ne nsa baako no. 14 Nanso Farisifo no pue kɔbɔɔ ne ho pɔw sɛ wobekum no. 15 Bere a Yesu huu saa no, ofii hɔ kɔe. Nnipa bebree nso dii n’akyi,+ na ɔsaa wɔn nyinaa yare. 16 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ na wɔamma nkurɔfo anhu onipa ko a ɔyɛ,+ 17 na ama nea wɔnam odiyifo Yesaia so kae no aba mu. Ɔkae sɛ:

18 “Hwɛ! M’akoa+ a mayi no, nea medɔ no a magye no atom!*+ Mehwie me honhom agu no so,+ na ɔbɛma amanaman no ahu nea atɛntrenee kyerɛ pefee. 19 Ɔne obi renham,+ na ɔrenteɛteɛm, na obiara rente ne nne wɔ mmɔnten so. 20 Ɔremmu demmire* a abukaw biara mu, na ɔrennum ntamaban a ɛrefi wusiw biara,+ kosi sɛ ɔbɛma atɛntrenee aba baabiara.* 21 Nokwarem no, amanaman de wɔn ani bɛto ne din so.”+

22 Afei wɔde ɔbarima bi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifuraefo ne mum brɛɛ no, na ɔsaa no yare maa ɔbarima a ɔyɛ mum no kasae, na ohuu ade. 23 Na nnipadɔm no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wofii ase kekae sɛ: “Ɛnyɛ oyi ne Dawid Ba no?” 24 Bere a Farisifo no tee eyi no, wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ hwee na saa damfo yi de tu ahonhommɔne sɛ Beelsebub,* ahonhommɔne panyin no.”+ 25 Bere a ohuu wɔn adwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahenni biara a ɛko tia ne ho no bɛsɛe, na kurow anaa ofi biara a ɛko tia ne ho no rennyina. 26 Enti sɛ Satan tu Satan a, na ɔreko atia ne ho. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina? 27 Bio nso, sɛ mede Beelsebub na etu ahonhommɔne a, mo mma* de hena na etu wɔn? Eyi nti, wobebu mo atɛn. 28 Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na etu ahonhommɔne a, ɛnde na mo ne Onyankopɔn Ahenni abɔ nsianho.+ 29 Anaa ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi abɔ awura ɔhoɔdenfo bi fi akogye ne nneɛma? Gye sɛ odi kan kyekyere ɔhoɔdenfo no ansa na watumi asesaw nneɛma a ɛwɔ ne fi. 30 Obiara a onni m’afã no, ɔsɔre tia me, na obiara a ɔne me mmoaboa ano no, ɔhwete.+

31 “Eyi nti mereka akyerɛ mo sɛ, wɔde bɔne ne abususɛm biara bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a etia honhom no de, wɔremfa nkyɛ.+ 32 Ebi ne sɛ, obiara a ɔbɛka asɛm bi atia onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no,+ nanso obiara a ɔbɛkasa atia honhom kronkron no, wɔremfa nkyɛ no; wɔremfa nkyɛ no wiase yi* mu anaa nea ɛreba no mu.+

33 “Sɛ mobɛma dua no ayɛ dua pa na n’aba ayɛ aba pa a, momma ɛnyɛ; sɛ nso mobɛma ayɛ dua bɔne na n’aba ayɛ aba bɔne a, momma ɛnyɛ, efisɛ dua biara aba na wɔde hu dua ko.+ 34 Nhurutoa* mma,+ mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm a ɛyɛ papa bere a moyɛ abɔnefo? Efisɛ nea ayɛ koma mã no na ano ka.+ 35 Onipa pa yi adepa fi nneɛma pa a waboaboa ano mu ba, na onipa bɔne yi adebɔne fi nneɛma bɔne a waboaboa ano mu ba.+ 36 Mereka akyerɛ mo sɛ, asɛm biara a mfaso nni so a nnipa ka no, wobebu ho akontaa+ Atemmu Da no. 37 Efisɛ mo nsɛm so na wɔnam bebu mo bem, na mo nsɛm so na wɔnam bebu mo fɔ.”

38 Ɛnna akyerɛwfo ne Farisifo binom ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ woyɛ sɛnkyerɛnne bi ma yɛhwɛ.”+ 39 Ɔmaa wɔn mmuae sɛ: “Awo ntoatoaso abɔnefo ne awaresɛefo* kɔ so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no.+ 40 Na sɛnea Yona dii apataa kɛse no yam nnansa, awia ne anadwo no,+ saa ara na onipa Ba no bedi asaase yam* nnansa, awia ne anadwo.+ 41 Nnipa a wɔwɔ Niniwe ne awo ntoatoaso yi bɛsɔre atemmu bere mu, na wobebu awo ntoatoaso yi fɔ, efisɛ asɛm a Yona kae no ma wɔsakrae.+ Nanso hwɛ! nea ɔsen Yona wɔ ha.+ 42 Wobenyan anaafo fam hemmaa ne awo ntoatoaso yi aba atemmu no mu, na obebu wɔn fɔ, efisɛ ofi asaase ano betiee Solomon nyansa.+ Nanso hwɛ! nea ɔsen Solomon wɔ ha.+

43 “Sɛ honhom fĩ bi fi obi mu a, ɔkɔfa asaase a ɛso awo so, na ɔhwehwɛ homebea, nanso onnya bi.+ 44 Afei ɔka sɛ, ‘Mɛsan akɔ me fi a mitu fii mu no mu’; sɛ obedu hɔ a, ohu sɛ obiara nni ofi no mu,* na wɔaprapra mu asiesie mu kama. 45 Afei ɔkɔ kɔfa ahonhom ason foforo a wodi bɔne sen no ka ne ho, na wɔba mu bɛtena hɔ, na saa onipa no awiei sɛe sen kan no.+ Saa ara na ɛbɛyɛ awo ntoatoaso abɔnefo yi nso.”

46 Bere a ogu so rekasa akyerɛ nnipadɔm no, ne maame ne ne nua mmarima+ begyinaa abɔnten hɔ, na na wɔpɛ sɛ wɔne no kasa.+ 47 Enti obi ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten, na wɔpɛ sɛ wɔne wo kasa.” 48 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nea ɔkaa saa kyerɛɛ no no sɛ: “Hena ne me maame, na henanom ne me nua mmarima?” 49 Na ɔteɛɛ ne nsa kyerɛɛ n’asuafo no so kae sɛ: “Hwɛ! Me maame ne me nua mmarima ni!+ 50 Na obiara a ɔyɛ nea m’Agya a ɔwɔ soro no pɛ no, ɔno na ɔyɛ me nuabarima ne me nuabea ne me maame.”+

13 Saa da no, Yesu fii fie hɔ kɔtenaa mpoano. 2 Na nnipadɔm bebree betwaa ne ho hyiae, enti ɔkɔforoo ɔkorow bi tenaa mu, na na nnipadɔm no nyinaa gyinagyina mpoano hɔ.+ 3 Afei ɔde mfatoho kaa nsɛm pii kyerɛɛ wɔn+ sɛ: “Hwɛ! Ogufo bi kɔe sɛ ɔrekogu aba.+ 4 Bere a ɔregu aba no, ebi koguu kwankyɛn, na nnomaa bedii.+ 5 Ebi nso koguu baabi a abotan wɔ a dɔte pii nni, na esiane sɛ dɔte pii nni hɔ nti, ntɛm ara na efifii.+ 6 Nanso bere a owia puei no, ɛhyee no, na esiane sɛ enni ntini nti, ewui. 7 Ebi koguu nsɔe mu, na nsɔe no nyinii, na emiaa no.+ 8 Na ebi nso koguu asaase pa mu, na efii ase sow aba; ebi mmɔho 100, ebi mmɔho 60, na ebi nso mmɔho 30.+ 9 Ma nea ɔwɔ aso no ntie.”+

10 Enti asuafo no bae bebisaa no sɛ: “Adɛn nti na wode mfatoho kasa kyerɛ wɔn?”+ 11 Obuaa wɔn sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte ɔsoro Ahenni ho ahintasɛm kronkron no ase,+ na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn. 12 Na obiara a ɔwɔ ntease no, Onyankopɔn bɛma no bi aka ho, na nea onni ntease no de, ntease kakra a ɔwɔ no mpo, Onyankopɔn begye afi ne nsam.+ 13 Eyi nti na mede mfatoho kasa kyerɛ wɔn; efisɛ wɔhwɛ de, nanso wɔhwɛ no kwa, na wɔte de, nanso wɔte no kwa, na wɔnte ase.+ 14 Na wɔn so na Yesaia nkɔmhyɛ no aba mu. Ɛka sɛ: ‘Ɔte de mobɛte nanso morente ase; ɔhwɛ de mobɛhwɛ nanso morenhu.+ 15 Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔde wɔn aso atie kwa. Wɔakata wɔn ani sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ani nhu da, na wɔremfa wɔn aso ntie, na wɔremfa wɔn koma nte ase, na wɔansakra amma mansa wɔn yare.’+

16 “Nanso anigye ne mo ani, efisɛ ehu ade, ne mo aso, efisɛ ɛte asɛm.+ 17 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, ná adiyifo ne atreneefo bebree pɛ sɛ wohu nneɛma a seesei muhu yi, nanso wɔanhu;+ ná wɔpɛ sɛ wɔte nsɛm a mote yi, nanso wɔante.

18 “Afei muntie nea ogufo ho mfatoho no kyerɛ.+ 19 Obiara a ɔte Ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔnefo no+ ba behwim nea wɔagu no ne koma mu no; eyi ne nea ekoguu kwankyɛn no.+ 20 Na nea ekoguu abotan so no, ɔno ne nea ɔte asɛm no, na ɔde anigye gye tom ntɛm ara.+ 21 Nanso esiane sɛ onni ntini biara nti, ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti ohu amane anaa wɔtan n’ani a, ɛto no hintidua ntɛm ara. 22 Na nea ekoguu nsɔe mu no, ɔno ne nea ɔte asɛm no, nanso wiase yi* mu dadwen+ ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.+ 23 Na nea ekoguu asaase pa mu no, ɔno ne nea ɔte asɛm no na ɔte ase, na ɔsow aba ankasa; ebi 100, ebi 60, na ebi nso 30.”+

24 Ɔmaa wɔn mfatoho foforo sɛ: “Ɔsoro Ahenni te sɛ ɔbarima bi a oduaa hwiit* wɔ n’afuw mu. 25 Bere a nnipa adeda no, ne tamfo bae, na obeduaa nwura bɔne wɔ hwiit no mu, na ogyaw hɔ kɔe. 26 Bere a eyiyii ahaban na ɛsow aba no, nwura bɔne no nso yii ne ho adi. 27 Enti ofiwura no nkoa bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, ɛnyɛ hwiit* na wuduae wɔ w’afuw no mu? Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na nwura bɔne aba mu yi?’ 28 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɔtamfo bi na ɔbɛyɛɛ saa.’+ Nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wopɛ sɛ yekotutu anaa?’ 29 Ɔkae sɛ, ‘Daabi, efisɛ anhwɛ a, bere a moretutu nwura bɔne no, mubetutu hwiit no afra. 30 Momma abien no nyinaa nnyin nkosi twabere, na twabere du a, mɛka akyerɛ atwafo no sɛ: Munni kan ntutu nwura bɔne no na monkyekyere no atifi atifi nkɔhyew; afei mommoaboa hwiit no ano ngu m’adekoradan mu.’”+

31 Ɔmaa wɔn mfatoho foforo sɛ: “Ɔsoro Ahenni te sɛ sinapi aba a obi fa koduae wɔ n’afuw mu.+ 32 Nea ɛwom ne sɛ, ɛno ne aba nyinaa mu nea esua koraa, nanso sɛ enyin a, ɛba bɛyɛ afifide* mu nea ɛsõ sen biara, na ɛbɛyɛ dua ma wim nnomaa bɛtena ne mmaa so.”

33 Ɔsan maa wɔn mfatoho foforo sɛ: “Ɔsoro Ahenni te sɛ mmɔkaw* a ɔbea bi de fraa esiam bɛyɛ olonka ason ne fã* kosii sɛ ne nyinaa kawee.”+

34 Yesu de mfatoho na ɛkaa eyinom nyinaa kyerɛɛ nnipadɔm no. Nokwasɛm ne sɛ, wankasa ankyerɛ wɔn a wanyɛ mfatoho,+ 35 na ama nea wɔnam odiyifo no so kae no aba mu sɛ: “Mfatoho na mede bɛkasa; mɛpae mu aka nsɛm a ahintaw fi mfiase no.”*+

36 Afei ogyaa nnipadɔm no kwan, na ɔkɔɔ fie. Na n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛkyerɛ afuw mu nwura bɔne ho mfatoho no mu kyerɛ yɛn.” 37 Obuaa wɔn sɛ: “Nea oduaa hwiit* no ne onipa Ba no; 38 afuw no ne wiase.+ Hwiit* no ne Ahenni mma no; nwura bɔne no ne ɔbɔnefo no mma,+ 39 na ɔtamfo a ogui no ne Ɔbonsam. Twabere no ne wiase* awiei bere, na atwafo no ne abɔfo. 40 Enti, sɛnea wotutu nwura bɔne no de ogya hyew no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase yi* awiei bere mu.+ 41 Onipa Ba no bɛsoma n’abɔfo, na wɔbɛboaboa biribiara a ɛto hintidua ne wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne* ano afi n’Ahenni no mu, 42 na wɔbɛtow wɔn agu ogya fononoo no mu.+ Ɛhɔ na wobesu na wɔaka wɔn se asi so denneennen.* 43 Saa bere no, atreneefo bɛhyerɛn paa sɛ owia+ wɔ wɔn Agya Ahenni mu. Ma nea ɔwɔ aso no ntie.

44 “Ɔsoro Ahenni te sɛ agyapade* bi a wɔde ahintaw wuram a obi kohui na ɔde siei. Anigye a onyae nti, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa kɔtɔɔ saa asaase no.+

45 “Bio nso, ɔsoro Ahenni te sɛ oguadini bi a otu kwan kɔhwehwɛ abohene. 46 Bere a ohuu abohene baako a ne bo yɛ den no, ɔkɔe, na ntɛm ara ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa, na ɔkɔtɔe.+

47 “Bio nso, ɔsoro Ahenni te sɛ asau a wogyaw guu po mu ma eyii mpataa ahorow nyinaa bi. 48 Bere a ɛyɛɛ ma no, wɔtwe baa mpoano, na wɔtenaa ase boaboaa papa no+ ano guu ade mu, na nea enye+ no de, wɔtow gui. 49 Sɛ wiase* awiei bere no du a, saa ara na ɛbɛyɛ. Abɔfo no bɛkɔ akoyiyi abɔnefo afi atreneefo mu, 50 na wɔbɛtow wɔn agu ogya fononoo no mu. Ɛhɔ na wobesu na wɔaka wɔn se asi so denneennen.”*

51 Obisae sɛ: “Motee eyinom nyinaa ase anaa?” Na wobuae sɛ: “Yiw.” 52 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛte saa a, ɔkyerɛkyerɛfo biara a wɔakyerɛ no ɔsoro Ahenni ho ade no, ɔte sɛ ofiwura bi a oyi nneɛma fi ɔdan a ɔde n’agyapade sie mu no mu. Oyi nneɛma foforo ne dedaw nyinaa pue.”

53 Bere a Yesu maa mfatoho ahorow yi wiei no, ofii hɔ kɔe. 54 Na bere a ɔkɔɔ ne kurom no,+ ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ wɔn hyiadan mu maa wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nyansa ne tumi a ɔde yɛ anwonwade yi?+ 55 Ɛnyɛ kapenta no ba no ni?+ Ɛnyɛ ne maame na wɔfrɛ no Maria no, na ne nua mmarima nso, wɔmfrɛ wɔn Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda anaa?+ 56 Na ne nua mmea nso, ɛnyɛ yɛne wɔn nyinaa na ɛwɔ ha? Ɛnde ɛhe na onyaa eyinom nyinaa fii?”+ 57 Enti ɔbɛyɛɛ hintidua maa wɔn.+ Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wodi odiyifo ni baabiara, gye ne kurom ne ɔno ara ne fi.”+ 58 Na esiane sɛ wonni gyidi nti, wanyɛ anwonwade bebree wɔ hɔ.

14 Saa bere no, Herode a ɔyɛ ɔmantam sodifo* no tee Yesu ho asɛm,+ 2 na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Ɛyɛ Yohane Suboni. Wɔanyan no afi awufo mu, na ɛno nti na otumi yɛ anwonwade ahorow yi.”+ 3 Ná Herode* akyere Yohane de nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no de no ato afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.+ 4 Ná Yohane ka kyerɛ no daa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware no.”+ 5 Ná ɔpɛ sɛ okum no, nanso na osuro nnipadɔm no, efisɛ na wobu Yohane sɛ odiyifo.+ 6 Bere a wɔredi Herode awoda no,+ Herodia babea sawee wɔ ase ma ɛyɛɛ Herode fɛ yiye,+ 7 enti Herode hyɛɛ bɔ kaa ntam sɛ, nea obebisa biara, ɔde bɛma no. 8 Ɛnna abeawa no maame tutu guu n’asom ma ɔkae sɛ: “Fa Yohane Suboni ti to apampaa so ma me ha yi ara.”+ 9 Asɛm no haw ɔhene no, nanso ntam a na waka ne wɔn a wɔne no redidi* no nti, ɔhyɛe sɛ wɔmfa mma no. 10 Enti ɔsoma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase. 11 Na wɔde ne ti no too apampaa so brɛɛ abeawa no, na ɔde kɔmaa ne maame. 12 Akyiri yi, n’asuafo no beyii ne funu* no kosiei. Ɛnna wɔbɛbɔɔ Yesu amanneɛ. 13 Bere a Yesu tee asɛm no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu fii hɔ sɛ ɔrekɔ baabi a atew ne ho akɔhyɛ hɔ komm. Nanso nnipadɔm no tee, na wofii nkurow no mu faa fam toaa no wɔ hɔ.+

14 Bere a opue baa mpoano no, ohuu nnipadɔm kɛse bi. Wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ na ɔsaa ayarefo a ɛwom no yare.+ 15 Eduu anwummere no, n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛha atew ne ho, na ade nso resa. Gya nnipadɔm no kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ nkuraa no ase akɔtɔ aduan adi.”+ 16 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ; mo ara momma wɔn biribi nni.” 17 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yenni hwee wɔ ha, gye paanoo anum ne mpataa abien.” 18 Ɔkae sɛ: “Momfa mmrɛ me.” 19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa sare no so. Ɛnna ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so.+ Afei obubuu paanoo no mu kyekyɛ maa asuafo no, na asuafo no nso kyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Enti wɔn nyinaa didi mee. Na bere a wɔsesaw nea ɛkaa ase no, ɛyɛɛ nkɛntɛn 12 mama.+ 21 Wɔn a wodii aduan no bɛyɛ mmarima 5,000; wɔankan mmea ne mmofra nkumaa no anka ho.+ 22 Afei ntɛm ara, ɔmaa n’asuafo no tenaa ɔkorow no mu sɛ wonni kan ntwa nkɔ asuogya, na ogyaa nnipadɔm no kwan ma wɔkɔe.+

23 Bere a ogyaa nnipadɔm no kwan ma wɔkɔe no, ɔno nko ara kɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae.+ Eduu anwummere no, na ɔno nko ara na ɔwɔ hɔ. 24 Saa bere yi, na efi baabi a ɔkorow no wɔ reba asaase so yɛ mita bebree,* na na asorɔkye no ama ayɛ den ama wɔn, efisɛ na mframa no bɔ hyia wɔn. 25 Na eduu ahemanakye* no, ɔnantew po so baa wɔn nkyɛn. 26 Bere a asuafo no huu no sɛ ɔnam po no so no, wɔn koma tui, na wɔkae sɛ: “Ɛyɛ dae anaa?” Na ehu ma wɔteɛteɛɛm. 27 Ɛhɔ ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Ɛyɛ me; munnsuro.”+ 28 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ ɛyɛ wo ampa a, ka ma memfa nsu no so mmra wo nkyɛn.” 29 Ɔkae sɛ: “Bra!” Ɛnna Petro si fii ɔkorow no mu nantew nsu no so, na ɔde n’ani kyerɛɛ baabi a Yesu wɔ no. 30 Nanso bere a ohuu sɛnea mframa no rebɔ no, ehu kaa no. Na bere a ofii ase sɛ ɔremem no, ɔteɛɛm sɛ: “Awurade, gye me!” 31 Ɛhɔ ara na ɔteɛɛ ne nsa, na Yesu soo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wo gyidi sua, adɛn nti na womaa w’adwene hinhimii?”+ 32 Bere a wɔforo tenaa ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. 33 Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no kotow no kae sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn Ba ampa.” 34 Na wotwa baa Genesaret asaase so.+

35 Bere a mmarima a wɔwɔ hɔ huu no no, wɔsoma kɔɔ nkurow a atwa ahyia nyinaa mu, na nkurɔfo de ayarefo nyinaa brɛɛ no. 36 Na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’ataade nguguso ano kɛkɛ,+ na wɔn a wɔde wɔn nsa kae nyinaa ho tɔɔ wɔn koraa.

15 Ɛnna Farisifo ne akyerɛwfo fii Yerusalem baa Yesu nkyɛn+ bɛkae sɛ: 2 “Adɛn nti na w’asuafo no bu nananom amammerɛ* so? Sɛ wɔrebedidi sɛɛ a, wɔnhohoro wɔn nsa.”*+

3 Obuaa wɔn sɛ: “Mo nso, adɛn nti na mo amammerɛ nti mubu Onyankopɔn ahyɛde so?+ 4 Ebi ne sɛ, Onyankopɔn kae sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei nso, ‘Nea ɔkasa tia* ne papa anaa ne maame no, ma wonkum no.’+ 5 Nanso mo de moka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka akyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ: “Biribiara a mewɔ a metumi de aboa wo no, ɛyɛ akyɛde a mahyira so ama Onyankopɔn” no,+ 6 enhia sɛ odi ne papa ni koraa.’ Ɛno nti, mode mo amammerɛ asɛe Onyankopɔn asɛm.+ 7 Nyaatwomfo, ɛfata sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:+ 8 ‘Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. 9 Wɔsom me kwa, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde.’”+ 10 Ɛnna ɔfrɛɛ nnipadɔm no baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Muntie na monte ase:+ 11 Ɛnyɛ nea ɛkɔ onipa anom na egu ne ho fĩ, na mmom nea efi onipa anom ba na egu ne ho fĩ.”+

12 Afei asuafo no bebisaa no sɛ: “Bere a Farisifo no tee nea wokae no, wunim sɛ ɛtoo wɔn hintidua?”+ 13 Obuae sɛ: “Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na oduae no, wobetu. 14 Munnyaa wɔn. Wɔyɛ akwankyerɛfo anifuraefo. Na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛhwe amoa mu.”+ 15 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛkyerɛ mfatoho no mu kyerɛ yɛn.” 16 Ɛnna ɔkae sɛ: “Enti mo nso, munnya ntee ase?+ 17 Munnim sɛ biribiara a ɛkɔ onipa anom no, ɛkɔ ne yam, na efi ne nipadua mu kogu tiafi mu anaa? 18 Nanso nea efi onipa anom ba no fi koma no mu, na saa nneɛma no na egu onipa ho fĩ.+ 19 Ɛho nhwɛso ne sɛ, koma no mu na adwemmɔne fi ba:+ awudi, awaresɛe, aguamammɔ,* korɔnbɔ, adanse a ɛnyɛ nokware,* ne abususɛm. 20 Eyinom ne nneɛma a egu onipa ho fĩ, na sɛ obi anhohoro ne nsa* na odidi a, engu ne ho fĩ.”

21 Afei Yesu fii hɔ, na ɔkɔɔ Tiro ne Sidon mpɔtam.+ 22 Na hwɛ! Foinikeni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛɛm sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ. Ahonhommɔne reteetee me babea dodo.”+ 23 Nanso wanka hwee ankyerɛ no. Enti n’asuafo no bɛsrɛɛ no sɛ: “Ma ɔnkɔ, na teɛ ara na ɔreteɛteɛm di yɛn akyi.” 24 Obuae sɛ: “Wɔansoma me nnipa biara nkyɛn, gye Israel fi nguan a wɔayera no.”+ 25 Na ɔbea no bae bɛkotow no kae sɛ: “Awurade, boa me!” 26 Obuae sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmofra paanoo atow ama nkraman mma.” 27 Ɛnna ɔbea no kae sɛ: “Ɛyɛ ampa, Awurade, nanso nea ɛwom ne sɛ, nkraman mma no di paanoo a aporoporow afi wɔn wuranom pon so agu fam no bi.”+ 28 Afei Yesu buaa no sɛ: “O ɔbea, wo gyidi so; ɛnyɛ hɔ mma wo sɛnea wopɛ.” Na efi saa bere no ara, ne babea no ho tɔɔ no.

29 Bere a Yesu fii hɔ no, ɔbaa Galilea Po ho,+ na bere a ɔforoo bepɔw no, ɔtenaa ase. 30 Ɛnna nnipadɔm pii bɛn no, na wɔde mpakye, wɔn a wɔadi dɛm, anifuraefo, mum, ne afoforo pii kaa wɔn ho, na wɔde wɔn beguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yare.+ 31 Bere a nnipa no hui sɛ mum rekasa na mpakye renantew na anifuraefo hu ade no, wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn anuonyam.+

32 Na Yesu frɛɛ n’asuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ,+ efisɛ wɔatena me nkyɛn nnansa ni, na wonni hwee a wobedi. Mempɛ sɛ mɛma wɔde kɔm akɔ. Anhwɛ a na wɔakotwitwa ahwe wɔ kwan so.”+ 33 Nanso asuafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Baabi a atew ne ho sɛɛ de, ɛhe na yebenya paanoo a ɛbɛso nnipadɔm bebrebe yi?”+ 34 Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: “Paanoo ahe na mowɔ?” Wɔkae sɛ: “Ason, ne mpataa kakraa bi.” 35 Enti, ɔmaa nnipadɔm no tenatenaa fam. 36 Afei ɔfaa paanoo ason no ne mpataa no, na bere a ɔdaa Onyankopɔn ase wiei no, obubuu mu, na ofii ase kyekyɛ maa asuafo no, na asuafo no nso kyekyɛ maa nnipadɔm no.+ 37 Na wɔn nyinaa di mee. Na bere a wɔsesaw ase mporoporowa no, ɛyɛɛ nkɛntɛn akɛse ason mama.+ 38 Wɔn a wodii bi no yɛ mmarima 4,000; wɔankan mmea ne mmofra nkumaa no anka ho. 39 Ɛnna ɔmaa nnipadɔm no kɔe, na ɔtenaa ɔkorow no mu baa Magadan mpɔtam.+

16 Na Farisifo ne Sadukifo no kɔɔ ne nkyɛn, na esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi a efi soro nkyerɛ wɔn.+ 2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ edu anwummere a, moka sɛ ‘ewim bɛtew, efisɛ ewim ayɛ kɔɔ.’ 3 Anɔpa nso moka sɛ, ‘Ewim bɛyɛ nwini ama osu atɔ nnɛ, efisɛ ewim ayɛ kɔɔ, na ayɛ kusuu.’ Mutumi kyerɛ ewim tebea ase, nanso mmere no ho nsɛnkyerɛnne de, muntumi nkyerɛ ase. 4 Awo ntoatoaso abɔnefo ne awaresɛefo* kɔ so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara,+ gye Yona sɛnkyerɛnne no.”+ Ɛnna ogyaw wɔn hɔ kɔe.

5 Na asuafo no twa kɔɔ asuogya, na wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa paanoo.+ 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ, na monhwɛ yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw* ho.”+ 7 Enti wofii ase dwinnwen ho kae sɛ: “Yɛamfa paanoo biara.” 8 Yesu huu saa no, ɔkae sɛ: “Adɛn nti na morekeka sɛ moamfa paanoo, mo a mo gyidi sua? 9 Enti munnya ntee ase? Mo werɛ afi paanoo anum a yɛde maa nnipa 5,000 ne nkɛntɛn dodow a mosesawee no?+ 10 Anaa paanoo ason a yɛde maa nnipa 4,000 ne nkɛntɛn akɛse dodow a mosesawee no, monkae?+ 11 Adɛn nti na munhu sɛ ɛnyɛ paanoo ho asɛm na meka kyerɛɛ mo? Mmom no, monhwɛ yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho.”+ 12 Ɛnna wohui sɛ ɛnyɛ paanoo mmɔkaw na ɔkae sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ ho, na mmom Farisifo ne Sadukifo nkyerɛkyerɛ.

13 Bere a Yesu baa Kaesarea Filipi mpɔtam no, obisaa n’asuafo no sɛ: “Nkurɔfo se onipa Ba no ne hena?”+ 14 Wɔkae sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni,+ ebinom nso ka sɛ Elia,+ ɛnna ebinom nso se Yeremia anaasɛ adiyifo no mu baako.” 15 Obisaa wɔn sɛ: “Na mo nso ɛ, muse meyɛ hena?” 16 Simon Petro buae sɛ: “Wone Kristo no,+ Onyankopɔn teasefo no Ba.”+ 17 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Yona ba Simon, anigye ne wo, efisɛ ɛnyɛ honam ne mogya* na eyii no adi kyerɛɛ wo, na mmom m’Agya a ɔwɔ soro no na oyi kyerɛɛ wo.+ 18 Afei mereka akyerɛ wo sɛ: Wone Petro,+ na ɔbotan yi+ so na mesi m’asafo, na Ɔdamoa* apon renni so nkonim. 19 Mede ɔsoro Ahenni nsafe bɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ nea wɔakyekyere wɔ soro dedaw, na biribiara a wobɛsan wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ nea wɔasan wɔ soro dedaw.” 20 Ɛnna ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ wɔnhwɛ yiye na wɔanka ankyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no.+

21 Efi saa bere no rekɔ no, Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii wɔ mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no nsam na wokum no, na da a ɛto so abiɛsa no wɔanyan no.+ 22 Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ofii ase kaa n’anim sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; eyi remma wo so da.”+ 23 Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.”+

24 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio. Mmom ɔmfa n’asɛndua* na onni m’akyi daa.+ 25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔkora ne nkwa* so no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti ɔbɛhwere ne nkwa* no, ne nsa bɛka.+ 26 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa* a,+ mfaso bɛn paa na obenya? Anaa dɛn na onipa de bɛsesa ne nkwa?*+ 27 Onipa Ba no bɛba n’Agya anuonyam mu a n’abɔfo ka ne ho, na obetua obiara ka sɛnea ne nneyɛe te.+ 28 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a, wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu sɛ onipa Ba no reba n’Ahenni mu.”+

17 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so. Wɔn nko ara na na wɔwɔ hɔ.+ 2 Na ɔsakrae wɔ wɔn anim; n’anim hyerɛnee te sɛ owia, na n’ataade yɛɛ hyɛnn* te sɛ hann.+ 3 Na hwɛ! Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa. 4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, eye sɛ yɛwɔ ha. Sɛ wopɛ a, mesi ntamadan abiɛsa wɔ ha; wo de baako, Mose de baako, Elia nso de baako.” 5 Na bere a ogu so rekasa no, hwɛ! omununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ! ɛnne bi fi omununkum no mu bae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom.+ Muntie no.”+ 6 Bere a asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw hɔ, na ehu kaa wɔn paa. 7 Ɛnna Yesu kɔɔ wɔn nkyɛn, na osusoo wɔn mu kae sɛ: “Monsɔre. Munnsuro.” 8 Bere a wɔmaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara, gye Yesu nko ara. 9 Na bere a wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnka anisoadehu no ho asɛm nnkyerɛ obiara kosi sɛ wobenyan onipa Ba no afi awufo mu.”+

10 Ɛnna asuafo no bisaa no sɛ: “Ɛnde adɛn nti na akyerɛwfo no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di kan ba ansa?”+ 11 Obuae sɛ: “Elia reba ampa, na ɔbɛtoto nneɛma nyinaa yiye.+ 12 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Elia aba dedaw a wɔanhu no, na wɔyɛɛ no nea wɔpɛ biara.+ Saa ara nso na onipa Ba no rebehu amane wɔ wɔn nsam.”+ 13 Ɛnna asuafo no hui sɛ Yohane Suboni ho asɛm na na ɔreka kyerɛ wɔn.

14 Bere a wɔbaa nnipadɔm no nkyɛn no,+ ɔbarima bi baa ne nkyɛn, na obuu nkotodwe wɔ n’anim kae sɛ: 15 “Awurade, hu me babarima yi mmɔbɔ efisɛ otwa, na ɔyare. Ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsu mu.+ 16 Mede no brɛɛ w’asuafo no, nanso wɔantumi ansa no yare.” 17 Yesu buae sɛ: “O awo ntoatoaso abɔnefo*+ a munni gyidi, bere tenten ahe na me ne mo ntena? Minnya mo ho abotare nkosi da bɛn? Fa no brɛ me wɔ ha.” 18 Na Yesu twiw honhommɔne no anim, na ofii abarimaa no mu, na ne ho tɔɔ no saa bere no ara.+ 19 Ɛnna asuafo no baa Yesu nkyɛn kokoam sɛ: “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?” 20 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo gyidi a esua ntia. Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mowɔ gyidi a ne kɛse te sɛ sinapi aba a, mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ, ‘Tu fi ha kɔ noho,’ na ebetu, na biribiara nni hɔ a ɛrenyɛ yiye mma mo.”+ 21 *——

22 Ɛyɛ bere a wohyiaam wɔ Galilea no na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wobeyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa,+ 23 wobekum no, na da a ɛto so abiɛsa no, wobenyan no.”+ Na wɔn werɛ howee paa.

24 Bere a woduu Kapernaum no, wɔn a wogyigye drakma abien tow no baa Petro nkyɛn bebisae sɛ: “Mo kyerɛkyerɛfo no tua drakma abien tow no anaa?”+ 25 Ɔkae sɛ: “Yiw.” Nanso bere a Petro wuraa ofie hɔ no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: “Simon, wudwen ho dɛn? Henanom na asaase so ahemfo gyigye tow fi wɔn hɔ? Wɔn mma hɔ anaa ahɔho hɔ?” 26 Bere a ɔkae sɛ: “Ahɔho hɔ” no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ saa a, ɛnde na ɛnsɛ sɛ mma no tua tow. 27 Nanso nea ɛbɛyɛ a yɛrento wɔn hintidua nti,+ kɔ na kɔtow darewa wɔ ɛpo mu. Apataa a wubedi kan ayi no no, sɛ wubue n’anom a, wubehu dwetɛ sika.* Yi ma wɔn, na fa tua me ne wo de.”

18 Saa bere no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisae sɛ: “Hena paa na ɔyɛ kɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu?”+ 2 Enti ɔfrɛɛ abofra kumaa bi, na ɔde no gyinaa wɔn mfinimfini. 3 Ɛnna ɔkae sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ moansakra* anyɛ sɛ mmofra nkumaa+ a, morenkɔ ɔsoro Ahenni no mu da.+ 4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase te sɛ abofra kumaa yi no, ɔno na ɔyɛ kɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu,+ 5 na obiara a obegye abofra kumaa a ɔte sɛɛ me din mu no, na wagye me nso. 6 Nanso obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔwɔ me mu gyidi yi mu baako hintidua no, anka eye ma no mmom sɛ wɔde ɔbo kɛse* a afurum twe bɛsɛn ne kɔn mu, na wɔde no akɔto ɛpo mfinimfini.+

7 “Wiase nnue esiane hintidua nti! Nokwarem no, sɛnea ɛte biara hintidua bɛba, nanso onipa a hintidua nam no so ba no nnue! 8 Enti sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa fi hɔ na tow kyene.+ Eye ma wo sɛ wubedi dɛm anaa wobɛyɛ apakye de akɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ nsa abien ne nan abien na wɔbɛtow wo ato daa ogya mu.+ 9 Afei nso, sɛ w’aniwa to wo hintidua a, tu fi hɔ na tow kyene. Eye sɛ wode aniwa baako bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔbɛtow wo ato Gehenna*+ gya mu. 10 Monhwɛ na moammu nkumaa yi mu baako animtiaa, na mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn abɔfo a wɔwɔ soro no hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.+ 11 *——

12 “Mudwen ho dɛn? Sɛ obi wɔ nguan 100 na emu baako yera a,+ ɔrennyaw 99 no wɔ bepɔw so nkɔhwehwɛ nea wayera no anaa?+ 13 Na sɛ ohu no a, nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, odi ne ho ahurusi sen 99 a wɔnyerae no. 14 Saa ara nso na m’Agya* a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi mu baako mpo bɛyera.+

15 “Bio nso, sɛ wo nua yɛ wo bɔne a, kɔ ne nkyɛn na ma onhu ne mfomso,* wo ne ɔno nko ara ntam.+ Sɛ otie wo a, woanya wo nua.+ 16 Na sɛ wantie a, fa onipa baako anaa nnipa baanu ka wo ho, na ama asɛm biara agyina adansefo baanu anaa baasa adanse* so.+ 17 Sɛ wantie wɔn a, ka kyerɛ asafo no. Sɛ wantie asafo no nso a, ɛnde bu no sɛ amanaman muni+ anaa obi a ogyigye tow.+

18 “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mobɛkyekyere wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ nea wɔakyekyere wɔ soro dedaw, na biribiara a mobɛsan wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ nea wɔasan wɔ soro dedaw. 19 Nokwarem mereka akyerɛ mo bio sɛ, sɛ mo mu baanu pene so wɔ asaase so sɛ wobebisa biribiara a ɛho hia a, m’Agya a ɔwɔ soro no bɛyɛ ama wɔn.+ 20 Na baabi a baanu anaa baasa ahyiam me din mu+ no, na mewɔ wɔn mfinimfini.”

21 Ɛnna Petro bebisaa no sɛ: “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua yɛ me bɔne a, ɛsɛ sɛ mede kyɛ no? Enkosi mpɛn ason anaa?” 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ mpɛn ason, na mmom enkosi mpɛn 77.+

23 “Ɛno nti, ɔsoro Ahenni te sɛ ɔhene bi a na ɔpɛ sɛ ɔne ne nkoa bu akontaa. 24 Bere a ofii ase sɛ ɔne wɔn rebu akontaa no, wɔde ɔbarima bi bae a ɔde no ka dwetikɛse 10,000.* 25 Nanso esiane sɛ onni nea ɔde betua ka no nti, ne wura no kae sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne nea ɔwɔ nyinaa mfa ntua ka no.+ 26 Enti akoa no kotow n’anim, na ɔsrɛɛ no sɛ, ‘Nya abotare ma me, na metua ne nyinaa ama wo.’ 27 Asɛm no yɛɛ akoa no wura no mmɔbɔ, na ogyaa no, na ɔde ɛka a ɔde no kyɛɛ no.+ 28 Ɛnna saa akoa no puei, na okohuu ne yɔnko akoa bi a ɔno nso de no ka denare 100,* na ɔyeree no, na ofii ase miaa ne mene* kae sɛ, ‘Tua ɛka a wode nyinaa.’ 29 Enti ne yɔnko akoa no kotow n’anim, na ofii ase srɛɛ no sɛ, ‘Nya abotare ma me, na metua wo ka.’ 30 Nanso wampene, na mmom ɔma wɔde no kɔtoo afiase kosi sɛ obetua ɛka a ɔde no. 31 Bere a ne mfɛfo nkoa no huu nea asi no, wɔn werɛ howee paa, na wɔkɔkaa nea asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura no. 32 Ɛnna ne wura no frɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Akoa bɔne, bere a wosrɛɛ me no, mede ka no nyinaa kyɛɛ wo. 33 Ɛnsɛ sɛ anka wo nso wuhu wo yɔnko akoa no mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no anaa?’+ 34 Ɛnna ne wura no bo fuwii, na ɔde no hyɛɛ wɔn a wɔhwɛ afiase hɔ no nsa, kosi sɛ obetua ka biara a ɔde. 35 Saa ara na mo nso, sɛ moamfi mo komam amfa ankyɛ mo nuanom+ a, me soro Agya ne mo bedi.”+

19 Bere a Yesu kaa nsɛm yi wiei no, ofii Galilea baa Yudea ahye so wɔ Yordan agya.+ 2 Na nnipadɔm kɛse dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yare wɔ hɔ.

3 Ɛnna Farisifo baa ne nkyɛn, na na wɔn adwene ne sɛ wɔrebɛsɔ no ahwɛ. Enti wobisae sɛ: “Mmara ma kwan sɛ asɛm biara nti ɔbarima gyaa ne yere anaa?”+ 4 Obuaa wɔn sɛ: “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no, ɔyɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase?+ 5 Monkenkanee nso sɛ ɔkae sɛ: ‘Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’?+ 6 Ɛno nti wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”+ 7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnde adɛn nti na Mose kae sɛ obi betumi ama awaregyae krataa de agyaa ɔbea no?”+ 8 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo komaden nti na Mose maa mo kwan sɛ mutumi gyaa mo yerenom,+ nanso efi mfiase no, na ɛnte saa.+ 9 Mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ* nti na obi gyaa ne yere, na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.”+

10 Asuafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ saa na asɛm no te wɔ ɔbarima ne ne yere ntam a, ɛnde ɛnyɛ papa sɛ obi bɛware.” 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wotumi de asɛm yi yɛ adwuma, gye wɔn a wɔwɔ akyɛde no nko ara.+ 12 Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔrentumi nware, efisɛ saa ara na wɔwoo wɔn. Ebinom nso nware, efisɛ nnipa na adi wɔn dɛm. Ebinom nso, ɔsoro Ahenni no nti na wɔnware. Obiara a obetumi de asɛm yi ayɛ adwuma no, ma ɔmfa nyɛ adwuma.”+

13 Afei wɔde mmofra nkumaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so* na ɔmmɔ mpae mma wɔn, nanso asuafo no kaa wɔn anim.+ 14 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Munnyaa mmofra nkumaa no mma wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.”+ 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so, na ofii hɔ kɔe.

16 Na hwɛ! obi baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, papa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ papa.+ Nanso sɛ wopɛ sɛ wunya nkwa a, kɔ so ara di mmara no so.”+ 18 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Emu nea ɛwɔ he?” Yesu kae sɛ: “Nni awu,+ nsɛe aware,+ mmɔ korɔn,+ nni adanse a ɛnyɛ nokware,*+ 19 di wo papa ne wo maame ni,+ na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 20 Aberante no ka kyerɛɛ no sɛ: “Madi eyinom nyinaa so; dɛn bio na aka me?” 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wuwie pɛyɛ* a, kɔtɔn nneɛma a wowɔ, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ soro;+ na bra bedi m’akyi.”+ 22 Bere a aberante no tee asɛm no, ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ agyapade bebree.+ 23 Na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, ɛbɛyɛ den ama osikani sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni mu.+ 24 Mereka akyerɛ mo bio sɛ, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+

25 Bere a asuafo no tee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa pii. Enti wɔkae sɛ: “Hena paa na wobetumi agye no nkwa?”+ 26 Yesu hwɛɛ wɔn dinn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnipa fam de eyi rentumi nyɛ yiye, nanso Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.”+

27 Ɛnna Petro kae sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw nneɛma nyinaa hɔ abedi w’akyi; enti dɛn na yebenya?”+ 28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, bere a wɔayɛ nneɛma foforo a onipa Ba no te n’anuonyam ahengua so no, mo a mudi m’akyi yi bɛtena nhengua 12 so abu Israel mmusuakuw 12 no atɛn.+ 29 Na obiara a me din nti, wagyaw adan anaa nua mmarima anaa nua mmea anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho pii, na wanya daa nkwa.+

30 “Nanso adikanfo pii bɛka akyi, na wɔn a wɔaka akyi abedi kan.+

20 “Na ɔsoro Ahenni te sɛ ofiwura bi a opuee anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ nkurɔfo paa ama wɔakɔ ne bobefuw* mu.+ 2 Ɔne adwumayɛfo no kae ma wɔpenee so sɛ ɔbɛma wɔn denare* baako da koro; ɛnna ɔde wɔn kɔɔ ne bobefuw no mu. 3 Bɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa* nso, opuei, na ohui sɛ ebinom gyinagyina gua so a wɔnyɛ hwee. 4 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobefuw no mu, na mɛma mo akatua a ɛfata.’ 5 Enti wɔkɔe. Na ɔsan puei bɛyɛ dɔn a ɛto so asia* ne akron* kɔyɛɛ saa ara. 6 Afei bɛyɛ dɔn a ɛto so 11* no, opuei, na ohui sɛ ebinom gyinagyina hɔ. Na obisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na mugyinagyina ha da mu nyinaa a monyɛ hwee?’ 7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Obiara mmɔɔ yɛn paa ntia.’ Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobefuw no mu.’

8 “Eduu anwummere no, bobefuw wura no ka kyerɛɛ nea ɔhwɛ n’adwuma so no sɛ, ‘Frɛ adwumayɛfo no na fa wɔn akatua ma wɔn.+ Hyɛ ase fi nea otwa to no so kosi nea odi kan no so.’ 9 Wɔn a wɔfaa wɔn dɔn a ɛto so 11 no bae, na wɔn mu biara nyaa denare* baako. 10 Enti, bere a adwumayɛfo a wodii kan faa wɔn no bae no, na wosusuw sɛ wobenya pii asen saa; nanso denare* baako akatua no ara na wɔn nso nyae. 11 Wɔn nsa kae no, wofii ase nwiinwii tiaa ofiwura no, 12 na wɔkae sɛ, ‘Eyinom a wɔbaa akyiri yi yɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ; nanso yɛn a yɛyɛɛ adwumaden da mu nyinaa maa owia hyee yɛn no, woama yɛne wɔn anya pɛ!’ 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn mu baako sɛ, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne. Ɛnyɛ denare* baako na me ne wo kaa ho asɛm?+ 14 Gye wo de na kɔ. Nea mede maa wo no, ɛno ara bi na mepɛ sɛ mede ma nea otwa to no. 15 Minni hokwan sɛ mede me ara me nneɛma yɛ nea mepɛ? Anaasɛ papa a mereyɛ* no yɛ wo yaw?’*+ 16 Saa ara na wɔn a wɔaka akyi bedi kan, na adikanfo aka akyi.”+

17 Afei bere a wɔnam kwan so reforo akɔ Yerusalem no, Yesu de asuafo 12 no kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 18 “Hwɛ! Yɛreforo akɔ Yerusalem, na wobeyi onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no, na wobebu no fɔ akum no.+ 19 Na wobeyi no ama amanaman mufo ama wɔadi ne ho agoru. Afei wɔbɛbɔ no mmaa, na wɔabɔ no asɛndua mu;+ na da a ɛto so abiɛsa no, wobenyan no.”+

20 Ɛnna Sebedeo+ mma no maame ne ne mma no baa ne nkyɛn, na ɔkotow no srɛɛ no biribi.+ 21 Yesu bisaa no sɛ: “Dɛn na wopɛ?” Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka ma me mma baanu yi mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako nso ntena wo benkum wɔ w’Ahenni mu.”+ 22 Yesu buae sɛ: “Munnim nea morebisa. Mubetumi anom kuruwa* a merebɛnom no?”+ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yebetumi.” 23 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me kuruwa* no de, mobɛnom,+ nanso me nifa ne me benkum so tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na mmom ɛyɛ wɔn a m’Agya asiesie ama wɔn no dea.”+

24 Bere a edu a aka no tee no, wɔn bo fuw anuanom baanu no.+ 25 Ɛnna Yesu frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn kae sɛ: “Munim sɛ amanaman no ahemfo di wɔn nkurɔfo so sɛ awuranom, na atitiriw no de wɔn tumi hyɛ wɔn so.+ 26 Nanso mo de, ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ mo mu;+ mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo somfo,+ 27 na obiara a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.+ 28 Saa ara na onipa Ba no yɛe; wamma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”+

29 Bere a wɔrefi Yeriko no, nnipadɔm pii dii n’akyi. 30 Na hwɛ! anifuraefo baanu bi a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam, na wɔteɛteɛɛm sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”+ 31 Ɛnna nnipadɔm no teɛteɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ dinn; nanso afei koraa na wɔteɛteɛɛm kɛse sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!” 32 Enti Yesu gyinae, na ɔfrɛɛ wɔn kae sɛ: “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn ani mmue.” 34 Ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa wɔn ani.+ Na ntɛm ara wohuu ade, na wodii n’akyi.

21 Bere a wɔbɛn Yerusalem na woduu Betfage a ɛwɔ Ngodua Bepɔw* no so no, Yesu somaa asuafo baanu,+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase. Mudu hɔ ara pɛ, mubehu afurum bi a wɔamantam no ne ne ba. Monsan wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3 Sɛ obi bisa ho asɛm a, monka sɛ, ‘Awurade hia wɔn.’ Na ntɛm ara ɔde wɔn bɛma mo.”

4 Nokwarem no, eyi sii na ama nea wɔnam odiyifo no so kae no aba mu. Ɔkae sɛ: 5 “Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: ‘Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn.+ Odwo,+ na ɔte afurum so, yiw, ɔte afurum ba a ne maame soa nneɛma so.’”+

6 Enti asuafo no kɔe, na wɔkɔyɛɛ nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.+ 7 Wɔde afurum no ne ne ba no bae, na wɔde wɔn ntaade nguguso guu wɔn so, na ɔtenaa so.+ 8 Nnipadɔm no mu dodow no ara de wɔn ntaade nguguso sesɛw kwan mu,+ na ebinom nso twitwaa nnua mmaa de guu ɔkwan no mu. 9 Na nnipadɔm no, wɔn a wodi n’anim ne wɔn a wodi n’akyi nyinaa, kɔɔ so teɛteɛɛm sɛ: “Yɛsrɛ wo, gye* Dawid Ba no!+ Nhyira ne nea ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ Yɛsrɛ wo, gye no, wo a wowɔ ɔsorosoro noho!”+

10 Na bere a oduu Yerusalem no, kurow no mu nyinaa yɛɛ gyegyeegye, na nkurɔfo bisae sɛ: “Hena ni?” 11 Nea na nnipadɔm no reka ara ne sɛ: “Oyi ne odiyifo Yesu,+ nea ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no!”

12 Na Yesu kɔɔ asɔrefi hɔ kɔpam wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ nyinaa fii asɔrefi hɔ, na ɔkekaa wɔn a wɔsesa sika no apon ne wɔn a wɔtɔn mmuruburuw no nkongua butubutuwii.+ 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fi mpaebɔ fi,’+ nanso mo de, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw.”+ 14 Na anifuraefo ne mpakye nso baa ne nkyɛn wɔ asɔrefi hɔ, na ɔsaa wɔn yare.

15 Bere a asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no huu anwonwade a ɔyɛe ne mmarimaa a wɔreteɛteɛm wɔ asɔrefi hɔ sɛ, “Yɛsrɛ wo, gye Dawid Ba no!”+ wɔn bo fuwii+ 16 na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woate nea eyinom reka yi?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yiw. Monkenkanee da sɛ, ‘Mmofra ne nkokoaa anom na woama ayeyi afi aba’?”+ 17 Na ogyaw wɔn hɔ fii kurow no mu kɔɔ Betania, na ɔdaa hɔ anadwo no.+

18 Anɔpatutuutu a ɔresan aba kurow no mu no, ɔkɔm dee no.+ 19 Na ohuu borɔdɔma dua bi wɔ kwankyɛn, na ɔkɔɔ ho, nanso wanhu hwee wɔ so, gye ahaban nko ara.+ Na ɔka kyerɛɛ dua no sɛ: “Worensow aba bio da.”+ Na borɔdɔma dua no wui amonom hɔ ara. 20 Bere a asuafo no huu eyi no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wobisae sɛ: “Adɛn nti na borɔdɔma dua no wui amonom hɔ ara?”+ 21 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mowɔ gyidi na mo adwene anhinhim a, ɛnyɛ nea meyɛɛ borɔdɔma dua no nko ara na mobɛyɛ, na mmom sɛ moka kyerɛ bepɔw yi sɛ, ‘Tutu kɔhwe po mu’ mpo a, ɛbɛyɛ hɔ.+ 22 Na biribiara a mubebisa wɔ mpaebɔ mu no, sɛ mowɔ gyidi a, mo nsa bɛka.”+

23 Afei ɔkɔɔ asɔrefi hɔ, na bere a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne ɔman no mu mpanyimfo baa ne nkyɛn bebisae sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ eyinom? Na hena na ɔmaa wo saa tumi yi?”+ 24 Yesu buaa wɔn sɛ: “Me nso, mebisa mo asɛm baako. Sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi ko a mede yɛ eyinom akyerɛ mo: 25 Ɛhe na Yohane nyaa tumi a ɔde bɔɔ asu no? Efi soro anaasɛ efi nnipa?” Na wofii ase susuw ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Efi soro’ a, ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Ɛnde adɛn nti na moannye no anni?’+ 26 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Efi nnipa’ a, yesuro nea nnipadɔm no bɛyɛ, efisɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.” 27 Enti wobuaa Yesu sɛ: “Yennim.” Ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde me nso, merenka tumi a mede yɛ eyinom nkyerɛ mo.

28 “Mudwen ho dɛn? Ná ɔbarima bi wɔ mma baanu. Ɔkɔɔ nea odi kan no nkyɛn kɔkae sɛ, ‘Me ba, kɔ bobefuw* no mu kɔyɛ adwuma nnɛ.’ 29 Obuae sɛ, ‘Merenkɔ,’ nanso akyiri yi, onuu ne ho, na ɔkɔe. 30 Ɔkɔɔ nea ɔto so abien no nkyɛn kɔkaa saa ara. Oyii no ano sɛ, ‘Agya, mɛkɔ,’ nanso wankɔ. 31 Wɔn baanu no mu hena na ɔyɛɛ nea ne papa pɛ?” Wɔkae sɛ: “Nea odi kan no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a wogyigye tow ne tuutuufo redi mo anim akɔ Onyankopɔn Ahenni mu. 32 Efisɛ Yohane ba bɛkyerɛɛ mo trenee kwan, nso moannye no anni. Nanso wɔn a wogyigye tow ne tuutuufo no gyee no dii.+ Na bere a muhuu eyi mpo no, moannu mo ho annye no anni.

33 “Muntie mfatoho foforo: Ná ɔbarima bi wɔ hɔ, ofiwura bi, na ɔyɛɛ bobefuw+ gyee ho ban, na otuu amoa a wokyĩ nsã* wom wɔ afuw no mu, na ɔtoo abantenten.+ Afei ɔde gyaw akuafo bi, na otuu kwan.+ 34 Bere a ɛsow aba no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ akuafo no nkyɛn sɛ wonkogye ne de mmra. 35 Nanso akuafo no faa ne nkoa no, na wɔboroo wɔn mu baako, kum ɔbaako, na wosiw ɔbaako abo.+ 36 Ɔsan somaa nkoa foforo a wɔdɔɔso sen kan de no, nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.+ 37 Awiei koraa, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔkae sɛ, ‘Wɔbɛfɛre me ba no.’ 38 Bere a akuafo no huu ne ba no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Oyi na obedi ade no.+ Mommra mma yenkum no, na yɛmfa n’agyapade!’ 39 Ɛnna wɔkyeree no, na wɔtwee no fii bobefuw no mu kokum no.+ 40 Enti sɛ bobefuw no wura no ba a, dɛn na ɔbɛyɛ saa akuafo no?” 41 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Esiane sɛ wɔyɛ nnipa bɔnefo nti, ɔbɛsɛe wɔn pasaa na wagye bobefuw no ama akuafo foforo a sɛ ɛsow aba a wɔde bɛma no.”

42 Yesu bisaa wɔn sɛ: “Monkenkan eyi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu da sɛ, ‘Ɔbo a adansifo poe no, ɛno na abɛyɛ ntwea so bo titiriw?’*+ Na monkenkanee sɛ, ‘Yehowa* hɔ na eyi fi, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’+ 43 Eyi nti mereka akyerɛ mo sɛ, wobegye Onyankopɔn Ahenni no afi mo nsam, na wɔde ama ɔman a ɛbɛsow aba. 44 Afei nso, obiara a ɔbɛhwe ɔbo yi so no, obebubu pasapasa.+ Na obiara a ɛbɛhwe no so de, ɛbɛyam no.”+

45 Bere a asɔfo mpanyin ne Farisifo no tee ne mfatoho no, wohui sɛ ɔreka wɔn ho asɛm.+ 46 Ɛwom sɛ na wɔpɛ sɛ wɔkyere no de, nanso na wosuro nnipadɔm no, efisɛ na wobu no sɛ odiyifo.+

22 Yesu de mfatoho kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: 2 “Ɔsoro Ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔtow pon maa ne babarima a ɔrehyia ayeforo.+ 3 Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no mmra ayeforohyia apontow no ase, nanso na wɔmpɛ sɛ wɔba.+ 4 Ɔsan somaa nkoa foforo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: “Hwɛ! Masiesie m’aduan, makum m’anantwi ne me nyɛmmoa a wɔadɔ srade, na mawie biribiara. Mommra ayeforohyia apontow no ase.”’ 5 Nanso wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no ammua, na obiara kɔɔ ne baabi; ɔbaako kɔɔ n’afuw mu, ɔfoforo kodii ne gua,+ 6 na wɔn a wɔaka no kyeree nkoa no dwoodwoo wɔn, na wokunkum wɔn.

7 “Na ɔhene no bo fuwii, na ɔsomaa n’asraafo ma wokokunkum awudifo no, na wɔhyew wɔn kurow.+ 8 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Ayeforohyia apontow no adu so, nanso wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mfata.+ 9 Enti monkɔ kurow no akwantempɔn so, na obiara a mubehu no no, monto nsa mfrɛ no mmra ayeforohyia apontow no ase.’+ 10 Ɛnna nkoa no kɔɔ akwantempɔn no so, na wɔfrɛfrɛɛ wɔn a wohuu wɔn, abɔnefo ne apapafo nyinaa. Na nnipa a na wɔredidi* no yɛɛ ayeforohyia dan no mã.

11 “Bere a ɔhene no bɛhwɛɛ ahɔho no, ohuu obi wɔ hɔ a ɔnhyɛ ataade a wɔde kɔ ayeforo. 12 Enti obisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wobaa ha a wonhyɛ ataade a yɛde kɔ ayeforo yi?’ Afei na ontumi nkasa. 13 Ɛnna ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa, na montow no nkyene sum mu wɔ abɔnten. Ɛhɔ na obesu na waka ne se asi so denneennen.’*

14 “Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔapaw wɔn no yɛ kakraa bi.”

15 Afei Farisifo no kɔbɔɔ pɔw, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no.+ 16 Enti wɔsomaa wɔn asuafo ne Herode akyidifo+ kɔɔ ne nkyɛn kɔkae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woka nokware na nea wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokware; wonhwehwɛ obiara anim anuonyam, efisɛ wonhwɛ nnipa anim. 17 Enti ka kyerɛ yɛn, wudwen ho dɛn? Mmara ma kwan* sɛ wotua tow ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”* 18 Nanso esiane sɛ na Yesu ahu wɔn adwemmɔne no nti, ɔkae sɛ: “Nyaatwomfo, adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? 19 Momfa tow sika no bi mmɛkyerɛ me.” Na wɔde denare* brɛɛ no. 20 Na obisaa wɔn sɛ: “Hena mfoni ne ne nkyerɛwee ni?” 21 Wɔkae sɛ: “Kaesare dea.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”+ 22 Bere a wɔtee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wogyaw no hɔ kɔe.

23 Saa da no, Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ+ no baa ne nkyɛn, na wobisaa no sɛ:+ 24 “Ɔkyerɛkyerɛfo, Mose kae sɛ: ‘Sɛ ɔbarima bi wu na sɛ onni mma a, ɛsɛ sɛ ne nuabarima ware ne yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 25 Ná yɛne anuanom baason* na ɛwɔ ha; nea odi kan no waree na owui, na esiane sɛ na onni ba nti, ogyaw ne yere no maa ne nua. 26 Asɛm koro no ara na ɛtoo nea ɔto so abien ne nea ɔto so abiɛsa no, kosii nea ɔto so ason no so. 27 Awiei koraa no, ɔbea no wui. 28 Enti owusɔre mu no, nnipa baason no mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa waree no bi.”

29 Yesu buaa wɔn sɛ: “Moredi mfomso, efisɛ munnim Kyerɛwnsɛm no anaa Onyankopɔn tumi;+ 30 owusɔre mu no, mmarima renware, na wɔremfa mmea nso mma aware, na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ soro.+ 31 Ɛdefa owusɔre ho no, monkenkan nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo no? Ɔkae sɛ: 32 ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de.”+ 33 Bere a nnipadɔm no tee saa no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn nwonwa.+

34 Bere a Farisifo no tee sɛ wama Sadukifo no aka wɔn ano atom no, wɔboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn. 35 Na wɔn mu baako a onim Mmara no yiye bisaa no asɛm de sɔɔ no hwɛe. Obisaa no sɛ: 36 “Ɔkyerɛkyerɛfo, Mmara no mu ahyɛde bɛn na ɛho hia paa?”+ 37 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn.’+ 38 Eyi ne ahyɛde a ɛho hia paa, ne nea edi kan. 39 Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ 40 Mmara no nyinaa ne Adiyifo no gyina ahyɛde abien yi so.”+

41 Bere a na Farisifo no aboa wɔn ho ano no, Yesu bisaa wɔn sɛ:+ 42 “Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dawid.”+ 43 Obisaa wɔn sɛ: “Ɛnde adɛn nti na honhom no maa Dawid+ frɛɛ no Owura? Dawid kae sɛ, 44 ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo begu wo nan ase.”’+ 45 Enti sɛ Dawid frɛɛ no Owura a, ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”+ 46 Na obiara antumi anyi no ano, na efi saa da no, obiara antumi ammisa no hwee bio.

23 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne n’asuafo no sɛ: 2 “Akyerɛwfo ne Farisifo no ka sɛ wɔte Mose agua so. 3 Enti nea wɔka kyerɛ mo nyinaa, munni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma de, monnyɛ, efisɛ nea wɔka no, wɔmfa nyɛ adwuma.+ 4 Wɔkyekyere nnesoa a emu yɛ duru de to nnipa mmati,+ nanso wɔn de, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.+ 5 Nnwuma a wɔyɛ nyinaa, wɔyɛ no sɛnea nnipa behu;+ kyerɛwnsɛm kotoku* a wɔde bɔ wɔn ho ban no,+ wɔyɛ no atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntaade ano+ atenten. 6 Wɔpɛ mpanyimfo tenabea wɔ apontow* ase ne nkongua a ɛwɔ anim* wɔ hyiadan mu.+ 7 Wɔpɛ gua so nkyia, na wɔpɛ sɛ nkurɔfo frɛ wɔn Rabi.* 8 Nanso mo de, ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo Rabi, efisɛ ɔbaako ne mo Kyerɛkyerɛfo,+ na mo nyinaa moyɛ anuanom. 9 Bio nso, mommfrɛ obiara mo agya asaase so, efisɛ ɔbaako ne mo Agya,+ Ɔsorosoroni no. 10 Afei nso, ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo akannifo, efisɛ mo Kannifo yɛ baako, ɔne Kristo no. 11 Mmom no, ɛsɛ sɛ nea ɔyɛ mo mu kɛse no yɛ mo somfo.+ 12 Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase,+ na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.+

13 “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! moatoto ɔsoro Ahenni no apon mu. Mo a, monkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu nso a, momma wɔn kwan.+ 14 *——

15 “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo!+ efisɛ mutwa kwan fa ɛpo ne asaase so kɔsakra onipa baako, na onya sakra a, moma ɔbɛyɛ obi a ɔfata sɛ ɔkɔ Gehenna,* na moma ne bɔne bɛyɛ te sɛ mo de mmɔho abien.

16 “Munnue, akwankyerɛfo anifuraefo+ a moka sɛ, ‘Sɛ obi ka asɔrefi no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ obi ka asɔrefi hɔ sika kɔkɔɔ no ntam de a, ɛnde ɛsɛ sɛ odi ntam a waka no so.’+ 17 Nkwaseafo ne anifuraefo! Nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse, sika kɔkɔɔ no, anaa asɔrefi a ama sika kɔkɔɔ no ho atew no? 18 Afei nso, ‘Sɛ obi ka afɔremuka no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ obi ka akyɛde a ɛda so no ntam de a, ɛnde ɛsɛ sɛ odi ntam a waka no so.’ 19 Anifuraefo! Nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse, akyɛde no, anaa afɔremuka a ɛma akyɛde no ho tew no? 20 Enti obiara a ɔka afɔremuka no ntam no, ɔka ɛno ne nneɛma a egu so nyinaa ntam; 21 na nea ɔka asɔrefi no ntam no, ɔka ɛno ne Nea ɔte mu no ntam;+ 22 na nea ɔka ɔsoro ntam no, ɔka Onyankopɔn ahengua ne Nea ɔte so no ntam.

23 “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! efisɛ muyi onunum ne wisa ne nketenkete* so ntotoso du du,+ na Mmara no mu nsɛm a ehia paa* a ɛne atɛntrenee+ ne mmɔborɔhunu+ ne nokwaredi no de, momfa nyɛ hwee. Ehia sɛ muyi ntotoso du du no, nanso ɛnsɛ sɛ mubu mo ani gu nneɛma a ehia paa no so.+ 24 Akwankyerɛfo anifuraefo!+ Morenom biribi a, mosɔn so yi emu ntontom,+ nanso momene yoma+ a ɛda mu.

25 “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! efisɛ mohohoro kuruwa ne ayowa ho,+ nanso emu de, adifudepɛ*+ ne akɔnnɔ ntraso ayɛ no ma.+ 26 Farisini nifuraefo! Di kan hohoro kuruwa ne ayowa no mu na ama ɛho nso afi.

27 “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo!+ efisɛ mote sɛ adamoa a wɔaka ho fitaa.+ Wohwɛ ho a, ɛyɛ fɛ, nanso emu de, awufo nnompe ne afide nyinaa bi ayɛ no ma. 28 Saa ara na mo nso, nnipa ani so de, mote sɛ atreneefo, nanso nyaatwom ne nneɛma bɔne* ayɛ mo ma.+

29 “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo!+ efisɛ musiesie adiyifo adamoa* na mode nneɛma siesie atreneefo ada so,+ 30 na moka sɛ, ‘Sɛ yɛwɔ yɛn agyanom bere so a, anka yɛne wɔn remmom nhwie adiyifo no mogya ngu.’ 31 Eyi na mode di adanse tia mo ho sɛ moyɛ wɔn a wokum adiyifo no mma.+ 32 Enti nea mo agyanom hyɛɛ ase no, munwie.*

33 “Awɔ, nhurutoa* mma,+ mobɛyɛ dɛn aguan Gehenna*+ atemmu? 34 Eyi nti, meresoma adiyifo+ ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo+ aba mo nkyɛn. Mubekum wɔn mu binom+ abɔ wɔn asɛndua mu, na mubetwa ebinom mmaa+ wɔ mo hyia adan mu, na mobɛtan wɔn ani+ afi kurow so akɔ kurow so; 35 saa na ɛbɛma atreneefo mogya a wɔahwie agu asaase so nyinaa aba mo so, efi ɔtreneeni Habel+ mogya so kosi Barakia ba Sakaria mogya so, nea mukum no kronkronbea ne afɔremuka no ntam no.+ 36 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, nneɛma yi nyinaa bɛba awo ntoatoaso yi so.

37 “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn baa wo nkyɛn no abo!+ Mayɛ biara sɛ mɛboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase no! Nanso moampɛ.+ 38 Hwɛ! Wɔagyaw mo fi ama mo.*+ 39 Na mereka akyerɛ mo sɛ, efi saa bere yi rekɔ no, morenhu me bio kosi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne nea ɔba wɔ Yehowa* din mu!’”+

24 Bere a Yesu fii asɔrefi hɔ a ɔrekɔ no, n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛkyerɛɛ no adan a ɛwɔ asɔrefi hɔ no. 2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moahu eyinom nyinaa? Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ ade a wobegyaw ɔbo a ɛda ɔbo so wɔ ha; wobedwiriw ne nyinaa agu fam.”+

3 Bere a ɔte Ngodua Bepɔw* so no, asuafo no baa ne nkyɛn kokoam bɛkae sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, bere bɛn na eyinom bɛba mu, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae*+ ho sɛnkyerɛnne, na sɛ wiase yi* awiei bere no du a, dɛn na ɛbɛyɛ ho sɛnkyerɛnne?”+

4 Ɛnna Yesu buaa wɔn sɛ: “Monhwɛ yiye na obiara annaadaa mo,+ 5 efisɛ nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene Kristo no,’ na wɔbɛdaadaa nnipa bebree.+ 6 Mobɛte ɔko, ne ɔko ho nsɛm.* Monhwɛ na moammɔ hu, efisɛ ɛsɛ sɛ eyinom sisi, nanso na awiei no nnya nnui.+

7 “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni,+ na ɔkɔm+ ne asaasewosow bɛba mmeaemmeae.+ 8 Eyinom nyinaa yɛ awo mu yaw* mfiase.

9 “Na nkurɔfo bɛteetee mo*+ na wɔakum mo,+ na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.+ 10 Afei nso, nnipa bebree gyidi bɛsa,* na wobeyiyi wɔn ho ama, na wɔatentan wɔn ho. 11 Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔbɛdaadaa nnipa pii;+ 12 na amumɔyɛ* a ɛbɛdɔɔso nti, nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo. 13 Na nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.+ 14 Na wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse;+ ɛno ansa na awiei no bɛba.

15 “Enti sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kaa ho asɛm no sɛ egyina kronkronbea hɔ a+ (ma nea ɔkenkan no mfa nhumu nyɛ adwuma), 16 ɛnde wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so.+ 17 Mma nea ɔwɔ ɔdan atifi no nnsi fam mmmɛfa ne nneɛma wɔ ne fi, 18 na mma nea ɔwɔ afuw mu no nnsan mmma sɛ ɔrebɛfa n’ataade nguguso. 19 Saa nna no mu no, mmea a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufu nnue! 20 Monkɔ so mmɔ mpae na bere a mode beguan no ansi awɔw bere mu anaa Homeda, 21 efisɛ ahohiahia kɛse+ a efi wiase mfiase besi nnɛ, ebi mmae da, na ebi nso remma bio bɛba.+ 22 Nokwarem no, sɛ wɔantwa nna no so a, ɔhonam biara nni hɔ a wobegye no nkwa; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti, wobetwa nna no so.+

23 “Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Kristo no wɔ ha,’+ anaa ‘Ɛhɔ!’ a, munnnye nnni.+ 24 Na atoro Kristo ne atoro adiyifo bɛsɔre,+ na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade de adaadaa nkurɔfo,+ na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔadaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no mpo. 25 Hwɛ! madi kan abɔ mo kɔkɔ. 26 Enti sɛ nkurɔfo ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Ɔwɔ sare so’ a, monnkɔ; wɔka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔwɔ dan mu’ a, munnnye nnni.+ 27 Na sɛnea anyinam pae fi apuei na ɛhyerɛn kɔ atɔe no, saa ara na onipa Ba no mmae* bɛyɛ.+ 28 Baabiara a efunu wɔ no, ɛhɔ na akɔre bɛboaboa wɔn ho ano.+

29 “Ahohiahia a ɛbɛba saa nna no mu akyi pɛɛ no, owia beduru sum,+ na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma befi soro ahwehwe fam, na wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden.+ 30 Na onipa Ba no ho sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asaase so mmusuakuw nyinaa bedi awerɛhow,+ na wobehu sɛ onipa Ba+ no nam ɔsoro mununkum mu de tumi ne anuonyam kɛse reba.+ 31 Na ɔbɛsoma n’abɔfo ama wɔde torobɛnto nnyigyei kɛse aba, na wɔbɛboaboa wɔn a wapaw wɔn no ano afi mframa anan no mu, afi ɔsoro ano akosi ano noho.+

32 “Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua ho mfatoho yi mu: Sɛ enya fefɛw na eyiyi nhaban ara pɛ a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn.+ 33 Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ wabɛn, na wadu pon ano.+ 34 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, saa awo ntoatoaso yi rentwam da kosi sɛ eyinom nyinaa bɛba mu. 35 Ɔsoro ne asaase betwam, nanso me nsɛm de, ɛrentwam da.+

36 “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de, obiara nnim,+ ɔsoro abɔfo ne Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko ara.+ 37 Na sɛnea na Noa nna no te no,+ saa ara na onipa Ba no mmae* bɛyɛ.+ 38 Nna a edii Nsuyiri no anim no, wodidii na wɔnomee, mmarima warewaree, na wɔde mmea memaa aware kosii da a Noa kɔɔ adaka no mu,+ 39 na wɔanhu kosii sɛ Nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.+ Saa ara na onipa Ba no mmae nso bɛyɛ. 40 Ɛnna mmarima baanu bɛkɔ afuw mu; wɔbɛfa ɔbaako akɔ na wɔagyaw ɔbaako. 41 Mmea baanu bɛyam ade wɔ ɔbo* so; wɔbɛfa ɔbaako akɔ na wɔagyaw ɔbaako.+ 42 Enti monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba.+

43 “Na munhu eyi: Sɛ ofiwura nim bere ko a ɔkorɔmfo bɛba anadwo a,+ anka ɔwɛnee na wannya kwan ammebu ne fi amma mu.+ 44 Eyi nti, mo nso monyɛ krado,*+ efisɛ bere* a monhwɛ kwan na onipa Ba no bɛba.

45 “Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma* a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no?+ 46 Anigye ne akoa a ne wura bɛba abehu no sɛ ɔreyɛ saa!+ 47 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, ɔde no besi nea ɔwɔ nyinaa so.

48 “Nanso sɛ saa akoa bɔne no ka no ne komam sɛ, ‘Me wura akyɛ,’+ 49 na sɛ ofi ase hwe ne mfɛfo nkoa no, na ɔne akɔwensafo didi nom nsã a, 50 saa akoa no wura bɛba ɛda a ɔnhwɛ kwan ne bere* a onnim,+ 51 na ɔbɛtwe n’aso denneennen, na ɔde no aka nyaatwomfo ho. Ɛhɔ na obesu na waka ne se asi so denneennen.*+

25 “Ɔsoro Ahenni te sɛ mmaabun du a wɔfaa wɔn nkanea+ puei sɛ wɔrekohyia ayeforokunu.+ 2 Ná wɔn mu baanum yɛ nkwaseafo, na baanum yɛ mmadwemma.*+ 3 Nkwaseafo no faa wɔn nkanea, nanso wɔamfa ngo anka ho. 4 Mmadwemma no de, wɔfaa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea no ho. 5 Bere a ayeforokunu no rekyɛ no, wɔn nyinaa ani kumii, na wɔfaa mu dae. 6 Ɔdasum na wɔtee nteɛm bi sɛ: ‘Ayeforokunu no ni oo! Mumpue nkohyia no.’ 7 Ɛnna mmaabun no nyinaa sɔree, na wɔhwɛɛ wɔn nkanea no hwɛe sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ anaa.+ 8 Na nkwaseafo no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi, efisɛ yɛn nkanea no reyɛ adum.’ 9 Mmadwemma no buae sɛ: ‘Ebia na ansõ yɛne mo. Enti monkɔ wɔn a wɔtɔn no nkyɛn nkɔtɔ bi.’ 10 Bere a wɔrekɔ akɔtɔ bi no, ayeforokunu no bae. Na mmaabun a wɔayɛ krado no ne no kɔɔ ayeforohyia apontow no ase,+ na wɔtoo pon no mu. 11 Ɛno akyi no, mmaabun a aka no nso bae, na wɔkae sɛ, ‘Owura, Owura, bue yɛn!’+ 12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, minnim mo.’

13 “Enti monkɔ so nwɛn,+ efisɛ munnim da anaa bere* no.+

14 “Afei nso, ɔsoro Ahenni te sɛ onipa bi a ɔrebetu kwan a ɔfrɛɛ ne nkoa de n’ahode hyɛɛ wɔn nsa.+ 15 Ɔmaa ɔbaako dwetikɛse* anum, ɔmaa ɔbaako abien, na ɔmaa ɔfoforo nso baako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te, na otuu kwan. 16 Ntɛm ara na nea onyaa dwetikɛse anum no de kɔyɛɛ adwuma, na onyaa anum kaa ho. 17 Saa ara na nea onyaa abien no san nyaa abien kaa ho. 18 Na nea onyaa baako no de, okotutuu fam de ne wura sika* no siee hɔ.

19 “Bere tenteenten akyi no, nkoa no wura bae, na ɔne wɔn buu akontaa.+ 20 Enti nea onyaa dwetikɛse anum no de dwetikɛse anum kaa ho bae sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetikɛse anum; hwɛ, manya dwetikɛse anum aka ho.’+ 21 Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mo, akoa pa nokwafo! Woadi nneɛma kakra mu nokware. Mɛma woahwɛ nneɛma pii so.+ Nya wo wura anigye no bi.’+ 22 Na nea onyaa dwetikɛse abien no bɛkae sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetikɛse abien; hwɛ, manya dwetikɛse abien aka ho.’+ 23 Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mo, akoa pa nokwafo! Woadi nneɛma kakra mu nokware. Mɛma woahwɛ nneɛma pii so. Nya wo wura anigye no bi.’

24 “Awiei koraa no, akoa a onyaa dwetikɛse baako no bae, na ɔbɛkae sɛ: ‘Me wura, minim sɛ woyɛ obi a w’asɛm yɛ den; baabi a wunnuaa hwee no, ɛhɔ na wutwa nnɔbae, na baabi a wunhuw biribiara so no, ɛhɔ na woboaboa ano.+ 25 Enti misuroe, na mede wo dwetikɛse no siee fam. W’ade ni, gye.’ 26 Ɛnna ne wura no buaa no sɛ: ‘Akoa bɔne; onihafo. Sɛ́ wunim sɛ baabi a minnuaa hwee no, ɛhɔ na mitwa nnɔbae, na baabi a minhuw biribiara so no, ɛhɔ na meboaboa ano? 27 Enti anka ɛsɛ sɛ wode me sika* no kɔto sikakorabea, na meba a, manya me sika ne ɛho nsiho.

28 “‘Enti munnye dwetikɛse no mfi ne nsam, na momfa mma nea ɔwɔ dwetikɛse du no.+ 29 Na obiara a ɔwɔ bi no, wɔbɛma no bi aka ho ama aboro no so. Na nea onni bi no, nea ɔwɔ mpo, wobegye afi ne nsam.+ 30 Mompam akoa a mfaso nni no so no nkɔ abɔnten sum no mu. Ɛhɔ na obesu na waka ne se asi so denneennen.’*

31 “Onipa Ba no+ bɛba n’anuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho,+ na ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so. 32 Wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim, na ɔbɛpaapae nnipa no mu mmaako mmaako, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguan ne mpɔnkye mu no. 33 Na ɔde nguan no+ begyina ne nsa nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so.+

34 “Afei Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne nifa so no sɛ: ‘Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa Ahenni a wɔasiesie ama mo fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase* no nni. 35 Efisɛ ɔkɔm dee me, na momaa me biribi dii; osukɔm dee me, na momaa me biribi nomee. Meyɛɛ ɔhɔho, na mugyee me fɛw so;+ 36 medaa adagyaw,* na momaa me biribi kataa me ho.+ Meyaree, na mohwɛɛ me. Medaa afiase, na mobɛsraa me.’+ 37 Ɛnna atreneefo no bebua no sɛ: ‘Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm de wo na yɛmaa wo aduan dii, anaasɛ osukɔm de wo na yɛmaa wo biribi nomee?+ 38 Da bɛn na yehui sɛ woyɛ ɔhɔho, a yegyee wo fɛw so, anaasɛ woda adagyaw a yɛmaa wo biribi kataa wo ho? 39 Da bɛn na yehui sɛ woyare anaasɛ woda afiase a yɛbɛsraa wo?’ 40 Na Ɔhene no bebua wɔn sɛ, ‘Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, esiane sɛ moyɛ maa me nuanom nkumaa yi mu baako nti, moayɛ ama me.’+

41 “Afei ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne benkum so no sɛ: ‘Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ+ daa ogya+ a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfo no mu.+ 42 Bere a ɔkɔm dee me no, moamma me hwee anni; na osukɔm dee me no, moamma me hwee annom. 43 Meyɛɛ ɔhɔho, nanso moannye me fɛw so; medaa adagyaw, nanso moamma me biribi ankata me ho; meyaree, na medaa afiase, nanso moammɛhwɛ me.’ 44 Na wɔn nso bebua sɛ: ‘Awurade, da bɛn na yehui sɛ ɔkɔm anaa sukɔm de wo, anaasɛ woyɛ ɔhɔho anaa woda adagyaw, anaa woyare anaa woda afiase a yɛammɛsom wo?’ 45 Ɛnna obebua wɔn sɛ: ‘Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, esiane sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako nti, moanyɛ amma me.’+ 46 Na eyinom befi hɔ akɔ daa ɔsɛe* mu,+ na wɔn a wɔteɛ no bɛkɔ daa nkwa mu.”+

26 Bere a Yesu kaa nsɛm yi nyinaa wiei no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: 2 “Sɛnea munim no, aka nnanu ama Twam no adu,+ na wobeyi onipa Ba no ama na wɔabɔ no asɛndua mu.”+

3 Na asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo boaboaa wɔn ho ano wɔ ɔsɔfo panyin a wɔfrɛ no Kaiafa+ no adiwo. 4 Na wɔbɔɔ pɔw+ sɛ wɔbɛfa nyansakwan bi so akyere Yesu, na wɔakum no. 5 Nanso wɔkae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ afahyɛ no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔmanfo no renyɛ basabasa.”

6 Bere a na Yesu wɔ Simon kwatani no fi wɔ Betania no,+ 7 ɔbea bi a okura alabasta toa baa ne nkyɛn. Ná ngo huamhuam a ne bo yɛ den wɔ toa no mu. Na bere a Yesu redidi* no, ɔbea no fii ase hwiee ngo huamhuam no guu Yesu tirim. 8 Bere a asuafo no huu eyi no, wɔn bo fuwii, na wɔkae sɛ: “Adɛn nti na ɔresɛe no saa? 9 Anka wobetumi atɔn agye sika pii, na wɔde ama ahiafo.” 10 Bere a Yesu huu eyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na mopɛ sɛ mohaw ɔbea no? Adepa na wayɛ ama me. 11 Ahiafo de, wɔwɔ mo nkyɛn daa,+ na me de, ɛnyɛ daa na mɛwɔ mo nkyɛn.+ 12 Bere a ɔbea yi de ngo huamhuam yi guu me ho no, na ɔresiesie me nipadua ama da a wobesie me.+ 13 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no, nea ɔbea yi ayɛ yi nso, wɔbɛka de akae no.”+

14 Ɛnna Dumien no mu baako, nea wɔfrɛ no Yuda Iskariot+ no, kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn.+ 15 Obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na mode bɛma me na mayi no ama mo?”+ Na wɔkae sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika 30.+ 16 Enti efi saa bere no, ɔhwehwɛɛ bere a ɛfata a ɔde beyi no ama.

17 Da a edi kan a wodi Paanoo a Mmɔkaw* Nnim+ no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisae sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wo na wudi Twam no?”+ 18 Ɔkae sɛ: “Monkɔ Asiamasi nkyɛn wɔ kurow no mu nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfo no se: “Me bere abɛn; me ne m’asuafo bedi Twam no wɔ wo fi.”’” 19 Na asuafo no yɛɛ sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no, na wɔyɛɛ Twam no ho ntotoe.

20 Na eduu anwummere no,+ ɔne asuafo 12 no tenaa adidipon ho.+ 21 Bere a wɔredidi no, ɔkae sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, mo mu baako beyi me ama.”+ 22 Ɛyɛɛ wɔn awerɛhow paa, na wofii ase bisaa no mmaako mmaako sɛ: “Awurade, ɛyɛ me anaa?” 23 Obuae sɛ: “Nea ɔne me to nsa didi ayowa mu no, ɔno na obeyi me ama.+ 24 Ampa, onipa Ba no rekɔ, sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho no, nanso onipa a wɔnam no so beyi onipa Ba no ama+ no nnue!+ Saa nipa no, sɛ wɔanwo no mpo a anka eye.”+ 25 Yuda a na ɔrebeyi no ama no kae sɛ: “Rabi, ɛyɛ me anaa?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara woaka.”

26 Bere a wogu so redidi no, Yesu faa paanoo, na bere a ohyiraa so wiei no, obubuu mu+ de maa asuafo no kae sɛ: “Munnye nni. Eyi gyina hɔ ma me nipadua.”+ 27 Afei ɔfaa kuruwa, na bere a ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kae sɛ: “Mo nyinaa monnom ano,+ 28 na eyi gyina hɔ ma me ‘mogya+ a wɔde yɛ apam+ no,’ nea wobehwie agu ama nnipa bebree+ anya bɔnefakyɛ+ no. 29 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ: Merennom bobesa yi bi bio kosi da a me ne mo bɛnom no foforo wɔ m’Agya Ahenni mu.”+ 30 Bere a wɔtoo ayeyi nnwom wiei no, wopue kɔɔ Ngodua Bepɔw* no so.+

31 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea ɛbɛba me so no bɛto mo nyinaa hintidua anadwo yi, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguankuw no mu nguan abɔ ahwete.’+ 32 Na sɛ wonyan me fi awufo mu a, medi mo anim akɔ Galilea.”+ 33 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ nea ɛbɛba wo so no bɛto wɔn nyinaa hintidua mpo a, me de, ɛrento me hintidua da!”+ 34 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ wo sɛ, anadwo yi, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+ 35 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merenka da sɛ minnim wo.”*+ Asuafo a aka no nyinaa nso kaa saa ara.

36 Afei Yesu ne asuafo no kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montena ha, na merekɔ noho akɔbɔ mpae+ aba.” 37 Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fii ase howee, na ne ho yeraw no yiye.+ 38 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me werɛ ahow* paa de rekɔ owu mu. Montena ha, na monkɔ so ne me nwɛn.”+ 39 Bere a ɔkɔɔ n’anim kakra no, ɔde n’anim butuw hɔ bɔɔ mpae+ sɛ: “M’Agya, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka ma kuruwa yi+ ntwa me ho nkɔ. Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na mmom sɛnea wopɛ.”+

40 Na ɔbaa asuafo no nkyɛn behui sɛ wɔadeda, na obisaa Petro sɛ: “Enti moantumi ne me anwɛn dɔnhwerew baako mpo?+ 41 Monkɔ so nwɛn+ na mommɔ mpae daa,+ na moankɔ sɔhwɛ mu.+ Honhom no de, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.”+ 42 Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpae sɛ: “M’Agya, sɛ ɛrentumi ntwa me ho nkɔ, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, ma wo pɛ nyɛ hɔ.”+ 43 Na ɔsan bae behui sɛ wɔadeda, efisɛ na wɔn ani kum paa. 44 Enti ogyaw wɔn hɔ san kɔbɔɔ mpae ne mprɛnsa so, na ɔkaa asɛm koro no ara bio. 45 Ɛnna ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa bere yi na moada regye mo ahome? Hwɛ! Bere aso sɛ woyi onipa Ba no hyɛ abɔnefo nsa. 46 Monsɔre, momma yɛnkɔ. Hwɛ! Nea obeyi me ama no adu ha awie.” 47 Bere a ogu so rekasa no ara, hwɛ! Yuda a ɔyɛ Dumien no mu baako no bae, na na nnipadɔm bi a wofi asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne ɔman no mpanyimfo nkyɛn a wokurakura sekan ne nkontimmaa* ka ne ho.+

48 Ná nea obeyi no ama no ama wɔn sɛnkyerɛnne bi sɛ: “Onipa a mefew n’ano no, ɔne no; monkyere no.” 49 Na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ, na ɔkae sɛ: “Rabi, asomdwoe nka wo!” Ɛnna ofew n’ano. 50 Na Yesu bisaa no sɛ: “Damfo, woaba ha rebɛyɛ dɛn?”+ Ɛnna wobesoo Yesu mu kyeree no kɔe. 51 Na hwɛ! wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako teɛɛ ne nsa twee ne sekan, na ɔde twaa ɔsɔfo panyin no akoa aso fii hɔ.+ 52 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “San fa wo sekan no hyɛ nea ɛhyɛ,+ na wɔn a wɔtwe sekan nyinaa bewu sekan ano.+ 53 Anaa wudwen sɛ mintumi nsrɛ m’Agya mma ɔmma me abɔfo mpempem pii*+ seesei ara? 54 Anka ɛbɛyɛ dɛn na Kyerɛwnsɛm no aba mu sɛ, saa na ɛsɛ sɛ ɛba?” 55 Saa bere no, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Mode sekan ne nkontimmaa* aba rebɛkyere me te sɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo? Ná metaa tena asɔrefi hɔ kyerɛkyerɛ daa,+ nanso moankyere me.+ 56 Nanso eyinom nyinaa asi na ama nsɛm a adiyifo no kyerɛwee* no aba mu.”+ Ɛnna asuafo no nyinaa gyaw no hɔ guanee.+

57 Wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ ɔsɔfo panyin Kaiafa+ nkyɛn, baabi a na akyerɛwfo ne mpanyimfo no ahyiam no.+ 58 Na Petro kɔɔ so dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no adiwo.* Na bere a owuraa mu no, ɔkɔtenaa ofie hɔ asomfo no nkyɛn hwɛɛ nea ebesi.+

59 Ná asɔfo mpanyin ne Sanhedrin no nyinaa rehwehwɛ adanse bi a ɛnyɛ nokware de atia Yesu, na ama wɔagyina so akum no.+ 60 Nanso wɔannya bi, ɛwom sɛ nnipa bebree bedii adanse a ɛnyɛ nokware tiaa no.+ Akyiri yi nnipa baanu bae, 61 na wɔbɛkae sɛ: “Ɔbarima yi kae sɛ, ‘Metumi adwiriw Onyankopɔn asɔrefi agu na mede nnansa asi.’”+ 62 Ɛnna ɔsɔfo panyin no sɔre gyinae, na obisaa no sɛ: “Wonka biribiara nyi w’ano? Enti nea nnipa yi reka atia wo yi, wonte?”+ 63 Nanso Yesu yɛɛ dinn.+ Enti ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Meka kyerɛ wo sɛ, ka nokware wɔ Onyankopɔn teasefo no anim. Sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba+ no a, ka kyerɛ yɛn!” 64 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara woaka. Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, efi saa bere yi rekɔ no, mubehu onipa Ba no+ sɛ ɔte Otumfo* no nsa nifa+ so na ofi ɔsoro mununkum mu reba.”+ 65 Ɛnna ɔsɔfo panyin no suan n’ataade nguguso mu, na ɔkae sɛ: “Waka abususɛm! Adansefo bɛn bio na yehia? Hwɛ! Afei de, moate abususɛm no. 66 Mudwen ho dɛn?” Ɛnna wobuae sɛ: “Ɛsɛ sɛ owu.”+ 67 Ɛnna wɔtetew ntasu guu n’anim+ bobɔɔ no akuturuku.+ Ebinom nso bobɔɔ n’ani so,+ 68 na wɔkae sɛ: “Kristo, sɛ wuse woyɛ odiyifo a, kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo!”

69 Ná Petro te adiwo hɔ, ɛnna abaawa* bi baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: “Wo nso, na woka Galileani+ Yesu ho!” 70 Nanso wannye antom, na ɔkae wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: “Minnim nea woreka no ho hwee.” 71 Bere a opue kɔɔ ofi no kwan ano* no, abeawa bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: “Ná saa ɔbarima yi ka Nasaretni Yesu ho.”+ 72 Eyi nso wannye antom, na ɔkaa ntam sɛ: “Minnim onipa no!” 73 Ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wogyinagyina hɔ no bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ampa, woka wɔn ho. Nokwasɛm ne sɛ, wo kasa koraa kyerɛ saa.” 74 Ɛnna ofii ase dii nsew kaa ntam sɛ: “Minnim onipa no!” Na ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee. 75 Na Petro kaee asɛm a Yesu kae sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+ Na opue kosui pii.

27 Na ade kyee no, asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo nyinaa hyiaam, na wɔhwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akum Yesu.+ 2 Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔe, na wɔde no kɔmaa amrado Pilato.+

3 Bere a Yuda a oyii Yesu mae no hui sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, onuu ne ho, na ɔsan de dwetɛ sika 30 no kɔmaa asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no.+ 4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mayɛ bɔne sɛ mayi onipa a ne ho nni asɛm ama.”* Wɔkae sɛ: “Ɛfa yɛn ho bɛn? Ɛyɛ wo ara w’asɛm!” 5 Enti ɔtow dwetɛ sika no guu asɔrefi hɔ, na ofii hɔ kɔe. Na ɔkɔhyɛɛ ne ho akɔmfo.*+ 6 Na asɔfo mpanyin no sesaw dwetɛ sika no, na wɔkae sɛ: “Mmara mma kwan sɛ yɛde begu sika akorae kronkron hɔ, efisɛ ɛyɛ mogya sika.” 7 Bere a wohyia dwinnwen ho no, wɔde sika no tɔɔ asaase,* na wɔde yɛɛ baabi a wobesie ahɔho. 8 Enti ɛde besi nnɛ, wɔfrɛ saa asaase no, Mogya Asaase.+ 9 Na nea wɔnam odiyifo Yeremia so kae no baa mu sɛ: “Na wogyee dwetɛ sika 30 no, ɛbo a wotwa too onipa no so no, onipa a Israel mma binom twaa bo too no so no, 10 na wɔde gyee asaase* sɛnea na Yehowa* ahyɛ me no.”+

11 Afei Yesu begyinaa amrado no anim, na amrado no bisaa no sɛ: “Wone Yudafo Hene no anaa?” Yesu buae sɛ: “Wo ara na woreka.”+ 12 Na bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no rekeka nsɛm gu no so no,* wanyi ano.+ 13 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Enti nsɛm bebrebe a wɔreka gu wo so yi, wonte?” 14 Nanso wammua no; wanka asɛm baako mpo. Enti ɛyɛɛ amrado no nwonwa paa.

15 Sɛ edu afahyɛ biara a, nea na amrado no yɛ ne sɛ, ogyaa nnipa a wogu afiase no baako ma nnipadɔm no; nea nkurɔfo no bɛka sɛ onnyaa no no, na wagyaa no.+ 16 Bere no ara mu no, na obi da afiase a wɔfrɛ no Baraba. Ná wagye dimmɔne. 17 Enti bere a wohyiaam no, Pilato bisaa wɔn sɛ: “Hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu a muse wɔfrɛ no Kristo no?” 18 Ná Pilato nim sɛ ahoɔyaw nti na wɔde Yesu abrɛ no. 19 Afei nso, bere a ɔte atemmu agua so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: “Mfa wo ho nnye onipa trenee yi asɛm mu koraa, na ne nti, mahu amane pii wɔ dae mu nnɛ.” 20 Nanso asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no tutu guu nnipadɔm no asom sɛ, wɔnka sɛ wɔpɛ Baraba,+ na wɔmma wonkum Yesu.+ 21 Ɛnna amrado no bisaa wɔn sɛ: “Nnipa baanu no mu hena na mopɛ sɛ miyi no ma mo?” Wɔkae sɛ: “Baraba.” 22 Pilato bisaa wɔn sɛ: “Ɛnde dɛn na menyɛ Yesu a muse wɔfrɛ no Kristo no?” Wɔn nyinaa kae sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”*+ 23 Obisaa wɔn sɛ: “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso wɔkɔɔ so teɛteɛɛm denneennen sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”+

24 Pilato hui sɛ ɛrenkosi hwee, na mmom basabasa na ɛde reba. Enti ɔfaa nsu de hohoroo ne nsa wɔ nnipadɔm no anim, na ɔkae sɛ: “Minni ɔbarima yi mogya ho fɔ. Mo ara monyɛ nea mobɛyɛ.” 25 Ɛnna ɔmanfo no nyinaa kae sɛ: “Ne mogya mmra yɛne yɛn mma so.”+ 26 Ɛnna ogyaa Baraba maa wɔn. Afei ɔma wɔhwee Yesu,+ na ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+

27 Afei amrado no asraafo de Yesu kɔɔ amrado no fi hɔ, na wɔboaboaa asraafodɔm no nyinaa ano betwaa ne ho hyiae.+ 28 Na wɔworɔw n’ataade, na wɔde ntama kɔkɔɔ bi furaa no.*+ 29 Afei wɔde nsɔe nwenee ahenkyɛw de hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire* hyɛɛ ne nsa nifa mu. Na wɔkotow n’anim dii ne ho agoru sɛ: “Asomdwoe nka wo, Yudafo Hene!”* 30 Na wɔtetew ntasu guu no so.+ Afei wogyee demmire* no, na wofii ase de hwehwee ne tirim. 31 Bere a wodii ne ho agoru wiei no, woyii ataade tenten no fii ne ho de n’ataade nguguso hyɛɛ no, na wɔde no kɔe sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+

32 Bere a wɔrepue akɔ no, wohuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon. Saa ɔbarima yi na wɔhyɛɛ no sɛ ɔnsoa Yesu asɛndua* no.+ 33 Na bere a woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota a ɛkyerɛ Tikora+ no, 34 wɔde ade nwenweenwene bi fraa nsã* sɛ ɔnnom;+ nanso bere a ɔde kaa n’ano no, wannom. 35 Bere a wɔbɔɔ no asɛndua mu no, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’ataade nguguso mu,+ 36 na wɔtenatenaa ase wɔ hɔ hwɛɛ no so. 37 Bio nso, wɔkyerɛw nea enti a wɔretwe n’aso no bɔɔ n’atifi sɛ: “Oyi ne Yesu, Yudafo Hene No.”+

38 Na wɔbɔɔ akorɔmfo-werɛmfo baanu bi asɛndua mu kaa ne ho, ɔbaako wɔ ne nifa, ɛnna ɔbaako wɔ ne benkum.+ 39 Na wɔn a wɔretwam no kasa tiaa no.+ Wɔwosow wɔn ti,+ 40 na wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ wo na wokae sɛ wubedwiriw asɔrefi no agu na wode nnansa asi no?+ Gye wo ho ɛ! Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, si fi asɛndua* no so!”+ 41 Asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne mpanyimfo no nso fii ase dii ne ho agoru saa ara. Wɔkae sɛ:+ 42 “Ogyee nkurɔfo, nanso ontumi nnye ne ho! Ɔyɛ Israel Hene;+ ma onsi mfi asɛndua* no so, na yebegye no adi. 43 Ɔde ne ho ato Onyankopɔn so; sɛ Ɔpɛ n’asɛm a, ma Onnye no,+ efisɛ ɔkae sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’”+ 44 Saa ara na akorɔmfo-werɛmfo a wɔbɔɔ wɔn asɛndua mu kaa ne ho no mpo yeyaw no.+

45 Efi dɔn a ɛto so asia* rekɔ no, esum baa asaase no nyinaa so kosii dɔn a ɛto so akron.*+ 46 Bɛyɛ dɔn a ɛto so akron* no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ɛkyerɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”+ 47 Bere a wɔn a wogyinagyina hɔ no tee eyi no, ebinom fii ase kae sɛ: “Ɔbarima yi refrɛ Elia.”+ 48 Ɛhɔ ara na wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔw,* na ɔde bɔɔ nsã* a emu kaw mu de tuaa demmire* ano, na ɔde kɔmaa no sɛ ɔnnom.+ 49 Na wɔn a aka no kae sɛ: “Munnyaa no! Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no anaa.” 50 Yesu san de nne kɛse teɛɛm, na ogyaa ne honhom mu.*+

51 Na hwɛ! ntwamutam a ɛwɔ kronkronbea hɔ+ no mu tew abien+ fi soro besii fam,+ asaase wosowee, na abotan mu paapaee. 52 Na adamoa* so buebuei, na akronkronfo a wɔadeda no afunu* bebree puepuei, 53 na nnipa bebree huu afunu no. (Ne wusɔre akyi no, nnipa bi a wɔkɔɔ amusiei hɔ no bi kɔɔ kurow kronkron no mu.) 54 Bere a ɔsraani panyin no ne wɔn a ɔne wɔn rehwɛ Yesu so no huu asaasewosow no ne nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ hu kɛse, na ɔkae sɛ: “Ampa ara, Onyankopɔn Ba ni.”+

55 Ná mmea bebree wɔ hɔ a wogyinagyina akyiri rehwɛ; wɔn na na wodi Yesu akyi fi Galilea resom no.+ 56 Wɔn mu bi ne Maria Magdalene ne Yakobo ne Yose maame Maria, ne Sebedeo mma+ no maame.

57 Esiane sɛ na adu anwummere nti, osikani bi a ofi Arimatea a wɔfrɛ no Yosef baa hɔ. Ná ɔno nso abɛyɛ Yesu suani.+ 58 Saa ɔbarima yi kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛe sɛ ɔmfa Yesu amu+ no mma no. Na Pilato kae sɛ wɔmfa mma no.+ 59 Yosef faa amu no, na ɔde nwera pa a ani tew kyekyeree no.+ 60 Ná watwa ɔda foforo+ ato abotan mu a ɛyɛ ne dea. Enti ɔde amu no kɔtoo mu. Afei opiaa ɔbo kɛse bi twerii ɔda no ano, na ogyaw hɔ kɔe. 61 Na Maria Magdalene ne Maria baako no de, wɔkaa hɔ, na wɔtenaa ɔda no anim.+

62 Da a edi hɔ a ɛyɛ Ahoboaboa Da+ no akyi no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no behyiae wɔ Pilato anim, 63 na wɔkae sɛ: “Owura, yɛakae sɛ bere a okontomponi no te ase no, ɔkae sɛ, ‘Nnansa akyi no, mɛsɔre.’+ 64 Enti ka ma wɔnkɔbɔ ɔda no ho ban nkosi ne nnansa so, na n’asuafo no ammewia no+ anka ankyerɛ nkurɔfo sɛ, ‘Wasɔre afi awufo mu!’ Anka nkontomposɛm a edi akyiri yi bɛsen nea edi kan no.” 65 Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa asraafo nkɔ, na monkɔwɛn ɔda no sɛnea mubetumi.” 66 Enti wɔkɔe, na wɔde ɔbo kataa ɔda no ano denneennen, na wɔmaa asraafo wɛn hɔ.

28 Homeda no akyi, nnawɔtwe no da a edi kan ahemanakye no, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔhwɛɛ ɔda no.+

2 Na hwɛ! Ná asaasewosow kɛse bi asi, efisɛ na Yehowa* bɔfo asian fi soro abepia ɔbo no afi hɔ, na na ɔte so.+ 3 Ná ɔbɔfo no hyerɛn te sɛ anyinam, na n’ataade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.+ 4 Ne ho hu nti, asraafo no ho popoe, na ɛyɛe sɛ nea wɔawuwu.

5 Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no sɛ: “Munnsuro, na minim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no+ no. 6 Onni ha, efisɛ wɔanyan no sɛnea ɔkae no.+ Mommra, mommɛhwɛ faako a na ɔda no. 7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo no sɛ wasɔre afi awufo mu. Na hwɛ! ɔredi mo anim akɔ Galilea,+ na ɛhɔ na mubehu no. Hwɛ! Maka akyerɛ mo.”+

8 Enti wofii ɔda no ho ntɛm ara, na wɔde ehu ne anigye kɛse tuu mmirika sɛ wɔrekɔbɔ n’asuafo no amanneɛ.+ 9 Na hwɛ! Yesu hyiaa wɔn, na ɔkae sɛ: “Asomdwoe nka mo!” Ɛnna wɔkɔɔ ne nkyɛn kosoo ne nan kotow no. 10 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me.”

11 Bere a wɔnam kwan so rekɔ no, asraafo+ no bi kɔɔ kurow no mu, na wɔkɔkaa nea asi nyinaa kyerɛɛ asɔfo mpanyin no. 12 Na bere a asɔfo mpanyin no ne mpanyimfo no hyiae na wɔbɔɔ pɔw no, wɔmaa asraafo no sika* bebree 13 na wɔkae sɛ: “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛdedae no na n’asuafo no bae bewiaa no.’+ 14 Na sɛ amrado no te a, yɛbɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu akyerɛ no,* enti munnsuro.” 15 Ɛnna wogyee sika* no, na wɔyɛɛ nea wɔakyerɛ wɔn no. Na asɛm yi trɛwee wɔ Yudafo mu de besi nnɛ.

16 Na asuafo 11 no kɔɔ Galilea,+ na wɔkɔɔ bepɔw a na Yesu akyerɛ sɛ wonkohyia wɔ so no so.+ 17 Bere a wohuu no no, wɔkotow no. Nanso ebinom adwenem yɛɛ wɔn nãã. 18 Na Yesu baa wɔn nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama me.+ 19 Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo,+ mommɔ wɔn asu+ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, 20 monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.+ Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi* awiei bere.”+

Anaa “Mesia no; Nea Wɔasra No no.”

Anaa “awo ntoatoaso; abusuasanten.”

Anaa “Onyankopɔn tumi.”

Onyankopɔn din Yehowa pue mpɛn 237 wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase yi mu (nea epue wɔ ase hɔ asɛm no mu ne nkekaho no mu, ne mmeae foforo no nka ho). Nkyekyɛm yi ne baabi a edi kan pue. Hwɛ Nkh. A5.

Ɛno ara ne Hebri din Yesua, anaa Yosua, na ɛkyerɛ “Yehowa Ne Nkwagye.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛ sɛ, ɔbea ne ɔbarima nna.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Mesia; Nea Wɔasra No.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “na wɔn a na wɔrehwehwɛ abofra kumaa no kra no.”

Ɛbɛyɛ sɛ efi Hebri asɛmfua “fefɛw” mu.

Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛ sɛ, wuram ɛwo.

Anaa “ɔde wɔn nuu Asubɔnten Yordan mu; ɔde wɔn wuraa Asubɔnten Yordan mu.”

Wɔyɛ awɔ bi a wɔn ano wɔ bɔre paa.

Anaa “odii mmuada.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “baabi a ɛwɔ soro paa wɔ asɔrefi hɔ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Ɛyɛ ɔtare; Bible san frɛ no Genesaret Ɔtare, Galilea Po, ne Tiberia Po.

Anaa “Ɔmantam a Emu Nkurow Yɛ Du no mu.”

Anaa “wɔn a wɔsrɛ sɛ wɔmma wɔn honhom no.”

Anaa “wɔn a wɔpɛ asomdwoe.”

Anaa “ahoɔden.”

Anaa “n’ahoɔden.”

Anaa “kɛntɛn a wɔde susuw ade.”

Kyerɛ sɛ, Yudafo Sanhedrin no.

Baabi a na wɔhyew nwura wɔ Yerusalem akyi. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “kwadran a etwa to.” Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Nka ntam hunu.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, bosea a nsiho nka ho.

Kyerɛ sɛ, momma mo dɔ nni mũ.

Anaa “worekyɛ ahiafo ade.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ma wo din nyɛ kronkron.”

Nt, “paanoo.”

Anaa “moredi mmuada.”

Anaa “wɔyɛ wɔn ho basaa.”

Greek asɛmfua no kyerɛ mmoawa bi a wotu a wɔwe ntama.

Greek asɛmfua no kyerɛ mmoawa bi a wotu a wɔwe ntama.

Anaa “w’aniwa ye.” Nt., “sɛ w’aniwa hwɛ ade baako.”

Anaa “bɛyɛ hann.”

Nt., “ani a edi bɔne akyi; ani a enye.”

Anaa “Morentumi nyɛ nkoa mma.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “Ɔkra no.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wuram sukooko.”

Anaa “dua a wɔde bɔ ɔdan so; mpuran.”

Anaa “dua a wɔde bɔ ɔdan so; mpuran.”

Anaa “dua a wɔde bɔ ɔdan so; mpuran.”

Wuram kraman bi.

Anaa “mpataku adifudepɛfo.”

Anaa “ahoɔdenne.”

Anaa “moto mmara!”

Anaa “ɔbadwemma.”

Anaa “wubetumi ama me ho afi.”

Anaa “Wo ho mfi.”

Anaa “afɔrebɔde.”

Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afuw, na ne ho yeraw no.

Anaa “ahoɔmmerɛw.”

Wuram kraman bi.

Anaa “Adɛn nti na mo koma atu.”

Anaa “baabi a nkae ada wɔ no.”

Anaa “ɔbotan a etweri hɔ.”

Kyerɛ sɛ, Kapernaum, baabi a na Yesu taa tena yɛ ne som adwuma no wɔ Galilea asaase so no.

Anaa “ɔte pon ho redidi.”

Anaa “tenaa pon ho didii.”

Anaa “di mmuada.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “sodifo.”

Anaa “sodifo.”

Wɔsan frɛ no Natanael. Hwɛ Yoh 1:46; 21:2.

Wɔsan frɛ no Lewi. Hwɛ Lu 5:27.

Wɔsan frɛ no “Yakobo ba Yuda.” Hwɛ Lu 6:16; Yoh 14:22; Aso 1:13.

Bible bi kyerɛ ase sɛ “Simon a ofi Kana.” Nanso nea “Kana” kyerɛ paa ne “nsiyɛfo.”

Anaa “momma akwatafo ho mfi.”

Ɛyɛ abɔso a wɔde sika gu mu.

Wuram kraman bi.

Anaa “monyɛ anifere; monyɛ anitew.”

Anaa “monyɛ kronn sɛ mmuruburuw.”

Egyina hɔ ma Satan, ahonhommɔne panyin no.

Anaa “nkwa,” kyerɛ sɛ, anidaso a obi wɔ sɛ ɔbɛtena ase daakye.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “assarion.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɔpa.”

Anaa “mɛpa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nkwa.”

Anaa “nkwa.”

Anaa “kuruwa ma baako pɛ.”

Anaa “akwatafo ho fi.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Anaa “ataade kamakama.”

Anaa “moamfa mo nsa ammobɔ mo koko anni awerɛhow.”

Anaa “ɔbarima a odidi boro so.”

Anaa “nyansa nam nea efi mu ba so.”

Anaa “nkonim.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mubenya ɔhome ama mo kra.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “pempan.”

Anaa “ɔne ne mmarima no dii paanoo a wɔde kyerɛ no.”

Anaa “adwudwo!”

Anaa “Onipa som bo.”

Anaa “me kra agye no atom!”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Anaa “ɔbɛma atɛntrenee adi nkonim.”

Ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Satan.

Anaa “akyidifo; asuafo.”

Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Wɔyɛ awɔ bi a wɔn ano wɔ bɔre paa.

Anaa “wɔn a wɔafi Onyankopɔn akyi.”

Nt., “asaase komam.”

Anaa “ofi no da mpan.”

Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “aba pa.”

Nt., “aba pa.”

Kyerɛ sɛ, afifide a wodi.

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “susukuruwa akɛse abiɛsa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wiase mfiase.”

Nt., “aba pa.”

Nt., “Aba pa.”

Anaa “bere.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔn a wɔto mmara.”

Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afuw, na ne ho yeraw no.

Anaa “ademude.”

Anaa “bere.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afuw, na ne ho yeraw no.

Nt., “Roma ahemman no fã bi so hene; ná ɔyɛ Roma ɔhempɔn no nanmusini.”

Kyerɛ sɛ, Herode Antipa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔn a na wɔne no te pon ho.”

Anaa “n’amu.”

Nt., “agoprama bebree.” Agoprama baako tenten yɛ mita 185 (anm. 606.95).

Kyerɛ sɛ, bere a ɛto so anan a wɔde wɛn. Efi ase bɛyɛ ahemanakye nnɔn 3 kosi bɛyɛ anɔpa nnɔn 6.

Anaa “mpanyimfo atetesɛm.”

Ná Farisifo ne Yudafo binom hohoro wɔn nsa sɛnea Yudafo amammerɛ te.

Anaa “ɔsopa.”

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “adansekurum.”

Ná Farisifo ne Yudafo binom hohoro wɔn nsa sɛnea Yudafo amammerɛ te.

Anaa “wɔn a wɔafi Onyankopɔn akyi.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “ɛnyɛ onipa.”

Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “fitaa.”

Anaa “kɔntɔnkye; a moakyea.”

Hwɛ Nkh. A3.

Wogye di sɛ ɛyɛ drakma anan. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “moannan.”

Anaa “owiyammo.” Ná wɔyam hwiit wɔ ɔbo a ɛte saa so.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A3.

Ebetumi nso akyerɛ, “mo Agya.”

Nt., “kɔ na kɔkasa kyerɛ no.”

Nt., “ano.”

Ná dwetɛ dwetikɛse 10,000 yɛ denare 60,000,000. Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ne kɔn.”

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “onhyira wɔn.”

Anaa “adansekurum.”

Anaa “wudi mũ.”

Anaa “bobeturo.”

Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anɔpa nnɔn 9.

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia nnɔn 3.

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anwummere nnɔn 5.

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14

Anaa “me yam a eye.”

Nt., “ama w’ani di bɔne akyi?”

Kuruwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛde. Ɛne sɛ, ɔbɛma kwan ama wɔabɔ Yesu sobo sɛ waka abususɛm na wɔakum no.

Kuruwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛde. Ɛne sɛ, ɔbɛma kwan ama wɔabɔ Yesu sobo sɛ waka abususɛm na wɔakum no.

Anaa “kra.”

Anaa “Ngo Bepɔw.”

Nt., “Hosana” anaa “Hosiana.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “bobeturo.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “tweatibo?”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wɔn a wɔtete ɔpon ho.”

Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afuw, na ne ho yeraw no.

Anaa “Ɛfata.”

Anaa “ɛmfata.”

Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, mmarima baason.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Eyi yɛ adaka ketewa a kyerɛwnsɛm no fã bi wom. Ná Yudafo mmarima de bɔ wɔn moma so anaa wɔde to wɔn nsa de bɔ wɔn ho ban.

Anaa “anwummere aduan.”

Anaa “nkongua pa.”

Anaa “Ɔkyerɛkyerɛfo.”

Hwɛ Nkh. A3.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ne nyinaa yɛ nneɛma bi a yɛde yɛ aduan ma ɛyɛ huam.

Anaa “Mmara no mu nsɛm a emu yɛ duru.”

Anaa “nneɛma a wɔafom.”

Anaa “mmarato.”

Anaa “moto adiyifo nkae nna so.”

Nt., “monhyɛ mo agyanom kuruwa mã.”

Wɔyɛ awɔ bi a wɔn ano wɔ bɔre paa.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔagyaw mo fi ato hɔ a obiara nte mu.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Ngo Bepɔw.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “amanneɛbɔ.”

Anaa “awoko yaw.”

Nt., “nkurɔfo beyi mo ama ahohia.”

Anaa “nnipa bebree behintiw.”

Nt., “mmarato.” Ɛkyerɛ Onyankopɔn mmara a wɔmfa nyɛ hwee.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “owiyammo.”

Anaa “munsiesie mo ho nto hɔ.”

Anaa “dɔn.”

Anaa “onyansafo.”

Anaa “dɔn.”

Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afuw, na ne ho yeraw no.

Anaa “anyansafo.”

Anaa “dɔn.”

Ná Greek dwetikɛse mu duru yɛ kilo. 20.4. Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “dwetɛ.”

Nt., “dwetɛ.”

Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afuw, na ne ho yeraw no.

Anaa “ansa na wɔrenyinsɛn awo nnipa (Greek, kosmos),” kyerɛ sɛ, Adam ne Hawa mma.

Greek asɛmfua a yɛakyerɛ ase “adagyaw” no, ebetumi akyerɛ sɛ obi nhyɛ hwee koraa. Ebetumi nso akyerɛ sɛ, nea ɔde hyɛ n’ataade ase no, ɛno nko ara na ɛhyɛ no.

Kyerɛ sɛ, wobetwa wɔn afi nkwa mu. Nt., “dua a wotwitwa ho tow gu.”

Anaa “Na bere a ɔte adidipon ho.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “Ngo Bepɔw.”

Anaa “woapa me mprɛnsa.”

Anaa “merempa wo da.”

Anaa “Me kra werɛ ahow.”

Anaa “mporibaa.”

Nt., “abɔfo bɛboro asafotow 12.”

Anaa “mporibaa.”

Anaa “kyerɛwnsɛm.”

Anaa “fi.”

Nt., “tumi.”

Anaa “afenaa.”

Anaa “ntwironoo mu.”

Anaa “woapa me mprɛnsa.”

Nt., “Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a asɛm nni ho ama.”

Anaa “ɔkɔsɛn ne ho.”

Nt., “ɔnwemfo asaase.”

Nt., “ɔnwemfo asaase.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “rebɔ no sobo no.”

Anaa “Fa no sɛn dua so kum no!”

Anaa “ataade afasebiri bi hyɛɛ no.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Anaa “Yudafo Hene, mo!”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia nnɔn 3.

Bɛyɛ awia nnɔn 3.

Ɛyɛ sapɔw bi a etumi nonom nsu.

Anaa “bobesa.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Anaa “owui.”

Anaa “nkae ada.”

Anaa “amu.”

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “dwetɛ sika.”

Nt., “yɛne no bɛka.”

Nt., “nnwetɛbona.”

Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena