Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Yesaia 1:1-66:24
  • Yesaia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesaia
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Yesaia

YESAIA

1 Yuda ne Yerusalem ho anisoadehu a Amus ba Yesaia*+ nyae wɔ Yuda ahemfo+ Usia,+ Yotam,+ Ahas,+ ne Hesekia+ bere so no ni:

 2 Ɔsoro tie, asaase yɛ aso,+

Na Yehowa aka sɛ:

“Matete* mma ama wɔanyinyin,+

Nanso wɔatew me so atua.+

 3 Nantwi nim ne wura,*

Na afurum nim ne wura adididaka;

Nanso Israel nnim me,*+

M’ankasa me man nni ntease.”

 4 Nnebɔneyɛfo man, due,+

Ɔman a bɔne adonnɔn no,

Abɔnefo asefo, mma a wɔaporɔw!*

Wɔagyaw Yehowa;+

Wɔabu Israel Kronkronni no animtiaa;

Wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.

 5 Moda so ara retew atua? Seesei mo hefa bio na wɔmmɔ?+

Eti no nyinaa yare,

Na koma mu no nyinaa yare.+

 6 Efi ti kosi nan ase, baabiara nni hɔ a ɛte apɔw.*

Baabiara adan apirakuru, asoasoa na abeabea

—Wommiae,* na wɔnkyekyeree, na wɔmfaa ngo nsraa so.+

 7 Mo asaase adan amamfo.

Wɔde ogya ahyew mo nkurow.

Ahɔho redi mo asaase so aba wɔ mo anim pɛɛ.+

Ɛte sɛ asaase a ahɔho abutuw no ama asɛe.+

 8 Aka Sion babea wɔ hɔ, te sɛ apata* a esi bobefuw* mu,

Te sɛ apata a ɛwɔ ɛfere afuw mu,

Te sɛ kurow a atamfo aka emufo ahyɛ mu.+

 9 Sɛ asafo Yehowa annyaw nkaefo kakra amma yɛn a,

Anka yɛayɛ sɛ Sodom,

Na yɛadan sɛ Gomora.+

10 Sodom+ atumfo atirimɔdenfo,* muntie Yehowa asɛm.

Gomorafo,+ monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn mmara.*

11 Yehowa asɛm ni: “Mfaso bɛn na minya fi mo afɔre bebrebe no so?+

Adwennini hyew afɔre+ ne mmoa a wɔte apɔw srade+ afono me,

Na anantwi+ ne nguan mma ne mpɔnkye+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.

12 Sɛ moba m’anim a,+

Hena na ɔhwehwɛ eyi fi mo hɔ,

Sɛ mummetiatia m’adiwo?+

13 Mommfa aduan afɔre hunu mmma m’anim bio.

Mikyi mo aduhuam kɔkɔkɔkɔ.+

Mudi asram foforo+ ne home nna,+ na mobɔ gua;+

Asumansɛm* a mode fra nhyiam titiriw no, minni ho koma.+

14 Mikyi* mo asram foforo ne mo afahyɛ ahorow no.

Ayɛ adesoa ama me;

Mabrɛ ne ne soa.

15 Na sɛ motrɛw mo nsam a,

Miyi m’ani hintaw mo.+

Ɛwom sɛ mobɔ mpae bebree de,+

Nanso mintie;+

Mogya ayɛ mo nsam ma.+

16 Monhohoro mo ho,* montew mo ho;+

Munyi mo nneyɛe bɔne mfi m’anim;

Munnyae bɔne yɛ.+

17 Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee,+

Monteɛ osisifo so,

Munni agyanka asɛm mma no,

Na monka bi mma okunafo.”+

18 Yehowa asɛm ni: “Afei mommra, na momma yɛntoto nneɛma yiye.+

Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan,

Nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;+

Ɛwom, ayɛ kɔɔ te sɛ kɔben,

Nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ oguan nwi.

19 Sɛ mopɛ na mubetie a,

Mubedi asaase no so nneɛma pa.+

20 Na sɛ moantie na motew atua a,

Sekan bedi mo nam;+

Yehowa na waka.”

21 Hwɛ sɛnea kurow nokwafo+ no adan tuutuuni!+

Ná atɛntrenee ayɛ no ma;+

Ná trenee te ne mu,+

Nanso afei de, awudifo nko ara na ɛte ne mu.+

22 Wo dwetɛ adan fĩ,+

Na wo nsã* nso, wɔde nsu afra mu.

23 W’atumfo aso yɛ den na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+

Wɔn mu biara ani gye adanmude* ho, na wodi akyɛde akyi.+

Wommu atɛntrenee mma nnyanka,

Na akunafo asɛm nnu wɔn anim da.+

24 Enti nokware Awurade asafo Yehowa,

Israel Tumfo no asɛm ni:

“Hwɛ! Meyi m’atamfo afi me ho,

Na metua wɔn a wɔtan me no ka.+

25 Mɛdan me nsa aba wo so,

Na mɛnan wo ayi wo mu fĩ te sɛ nea mede samina* reyi fĩ,

Na meyi wo mu fĩ nyinaa.+

26 Mɛsan de w’atemmufo ama wo te sɛ mfiase no,

Na mɛsan de w’afotufo ama wo sɛ mfiase no.+

Ɛno akyi wɔbɛfrɛ wo Trenee Kuropɔn, Nokware Kurow.+

27 Wɔde atɛntrenee begye Sion,+

Na wɔde trenee agye ne mma a wɔbɛsan aba no.

28 Wɔbɛsɛe atuatewfo ne abɔnefo nyinaa abom,+

Na wɔn a wogyaw Yehowa no, wobeyi wɔn afi hɔ.+

29 Wɔn ani bewu nnua akɛse a mo ani gyee ho no ho,+

Na nturo* a mopawee no nti, mo anim begu ase.+

30 Na mobɛyɛ sɛ dupɔn a n’ahaban apo,+

Na moadan sɛ turo a ennya nsu.

31 Ɔbarima katakyi bɛyɛ sɛ asaawa,*

Na n’adwuma ayɛ sɛ ogya a ɛretutu;*

Abien no nyinaa bɛkɔ ogya mu,

Na obiara nni hɔ a obedum no.”

2 Nea Amus ba Yesaia hui wɔ Yuda ne Yerusalem ho ni:+

 2 Awiei nna* no mu no,

Yehowa fi bepɔw

Betim wɔ mmepɔw atifi,+

Na wɔbɛma so asen nkoko,

Na aman nyinaa bɛsen yuu akɔ hɔ.+

 3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:

“Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔw so,

Nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.+

Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan,

Na yɛbɛnantew n’akwan* so.”+

Na Sion na mmara* befi,

Na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.+

 4 Obebu atɛn wɔ amanaman no mu,

Na obesiesie nsɛm ama aman pii.

Wɔde wɔn mfoa* bɛyɛ nsɔw,

Na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi.*+

Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so,

Na wɔrensua akodi bio.+

 5 O Yakob fi, mommra,

Momma yɛnnantew Yehowa hann mu.+

 6 Woagyaw wo man, Yakob fi,+

Efisɛ Apuei nneɛma ahyɛ wɔn ma;

Wodi asumansɛm+ te sɛ Filistifo,

Na ahɔho* mma abu so wɔ wɔn mu.

 7 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ahyɛ wɔn asaase so ma,

Na wɔn agyapade nni ano.

Apɔnkɔ ahyɛ wɔn asaase so ma,

Na wɔn nteaseɛnam nni ano.+

 8 Anyamehunu* ahyɛ wɔn asaase so ma.+

Wɔkotow wɔn ankasa nsa ano adwuma,

Ade a wɔde wɔn ankasa nsateaa ayɛ.

 9 Enti onipa agu ne ho anim ase, wɔbɛbrɛ no ase,

Na worentumi mfa nkyɛ wɔn.

10 Monkɔhyɛ ɔbotan mu na momfa mo ho nsie mfuturu mu,

Yehowa ho hu,

N’anuonyam, ne ne kɛseyɛ a enni ano nti.+

11 Onipa ani a ɛtra n’ani ntɔn* no, wɔbɛbrɛ no ase,

Na nnipa ahomaso bɛba fam.*

Yehowa nko ara na wɔbɛma no so saa da no.

12 Ɛyɛ asafo Yehowa da.+

Ɛbɛba obiara a ɔyɛ ahantan ne ahomaso* so,

Ɛbɛba obiara so, nea wɔama no so ne nea wɔabrɛ no ase nyinaa.+

13 Ɛbɛba Lebanon sida nnua atenten kokuroo nyinaa,

Ne Basan adum nyinaa so.

14 Ɛbɛba mmepɔw atenten nyinaa,

Ne nkoko atenten nyinaa so.

15 Ɛbɛba abantenten nyinaa ne afasu dennen nyinaa so,

16 Ɛbɛba Tarsis ahyɛn+ nyinaa,

Ne akorow fɛfɛɛfɛ nyinaa so.

17 Wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase,

Na nnipa ahomaso bɛba fam.*

Yehowa nko ara na wɔbɛma no so saa da no.

18 Na anyamehunu no bɛyera koraa.+

19 Sɛ Yehowa keka ne ho na ɔwosow asaase a,

Ne ho hu,

N’anuonyam, ne ne kɛseyɛ a enni ano+ nti,

Nnipa bɛkɔ akɔhyehyɛ abodan*

Ne asaase mu ntokuru mu.+

20 Saa da no, nnipa bɛfa wɔn dwetɛ ne sika kɔkɔɔ anyamehunu

A wɔayɛ ama wɔn ho sɛ wɔbɛkotow wɔn no,

Na wɔatow agu ama ofiam* ne ampan.+

21 Na wɔakɔhyɛ abotan mu ntokuru

Ne abodan mu,

Yehowa ho hu,

N’anuonyam, ne ne kɛseyɛ a enni ano nti,

Bere a ɔbɛkeka ne ho na wawosow asaase no.

22 Mo ara mo yiyedi nti, munnyae sɛ mode mo ho to onipa dasani so.

Ɔte sɛ ɔno ara ne hwenem mframa.*

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wubu ne ho akontaa?

3 Hwɛ! Nokware Awurade asafo Yehowa

Beyi ade biara a ɛboa Yerusalem ne Yuda no afi hɔ:

Aduan ne nsu nyinaa,+

 2 Ɔsabarima ne ɔkofo,

Ɔtemmufo ne odiyifo,+ nea nkurɔfo kɔ ne nkyɛn abisa ne ɔpanyin,

 3 Aduonum so panyin,+ onuonyamfo, ne ɔfotufo,

Nea waben asumansɛm mu ne nea waben kaberɛkyere mu.+

 4 Mɛma mmarimaa ayɛ wɔn so atumfo,

Na nea n’adwene nsi pi adi wɔn so.

 5 Nnipa bɛhyɛ nnipa so,

Obiara bɛhyɛ ne yɔnko so.+

Abarimaa bɛkasa atia ɔpanyin,

Na onipahunu de onuonyamfo+ anim atwitwiw fam.

 6 Obiara beso ne nua mu wɔ ne papa fi aka sɛ:

“Wowɔ ataade, bedi yɛn so.

Ma nea adwiriw agu yi mmɛhyɛ w’ase.”

 7 Nanso saa da no, ɔbɛka sɛ:

“Merenkyekyere mo akuru;*

Minni aduan anaa ataade wɔ me fi.

Monnyɛ me otumfo wɔ ɔman yi so.”

 8 Yerusalem ahintiw,

Na Yuda ahwe ase,

Efisɛ wɔde wɔn kasa ne wɔn nneyɛe asɔre atia Yehowa;

Wɔatew onuonyamfo no anim atua.*+

 9 Wɔn anim yɛbea di adanse tia wɔn,*

Wɔbɔ wɔn bɔne dawuru te sɛ Sodom;+

Wɔmfa nsie.

Wonnue,* efisɛ wɔde mmusu reba wɔn ho so!

10 Monka nkyerɛ atreneefo sɛ ebesi wɔn yiye;

Wobenya wɔn nneyɛe so akatua.*+

11 Ɔbɔnefo nnue!

Mmusu bɛba no so,

Efisɛ nea ɔde ne nsa ayɛ no, ɛno ara bi na wɔde bɛyɛ no!

12 Me man de, n’ahwɛfo hyɛ no so,

Na mmea di no so.

Me man, w’akwankyerɛfo ama woafom kwan,

Na wɔama w’akwan ayɛ nwonworann.+

13 Yehowa gyina hɔ sɛ ɔde n’asɛm bɛto gua,

Wasɔre sɛ ɔrebebu aman atɛn.

14 Yehowa bebu ne man mpanyimfo ne emu atumfo atɛn.

“Moahyew bobefuw* no,

Na nneɛma a moawia afi ahiafo nkyɛn no wɔ mo fi.+

15 Adɛn nti na mopɛtɛw me man,

Na mode ahiafo anim twitwiw fam?”+ Awurade Tumfo asafo Yehowa asɛm ni.

16 Yehowa aka sɛ: “Esiane sɛ Sion mma mmea yɛ ahantan,

Na wɔnantew momamoma wɔn mmati so,*

Na wɔpa wɔn ani akyi, na woyi akyẽa,

Na wɔma nkawa a egu wɔn nan gyigye nti,

17 Yehowa nso bɛma Sion mma mmea ti ho atutu akuru,*

Na Yehowa ama wɔn moma so ayɛ kwaterekwa.+

18 Saa da no, Yehowa beyi wɔn afɛfɛde afi wɔn ho:

Nankɔn so nkawa ne abotiri ne agude a ɛte sɛ ɔsram,+

19 Nsomuade, nkapo, ne nkataanim,

20 Abotiri, ne kawa a wɔde to nan, ne abɔso,*

Aduhuam ntoa* ne nsɛbɛ,

21 Mpɛtea* ne hwenem nkawa,

22 Adehyetaade atenten, nguguso, nkatakɔnmu, ne sika nkotoku,

23 Nhwehwɛ+ ne nwera ntaade,

Abotiri ne nkataanim.

24 “Afei ade a ɛbɔn besi balsam ngo+ ananmu;

Hama besi abɔso ananmu;

Eti a ɛho apa besi mmɛsa ananmu;+

Awerɛhow ntama* besi ataade pa ananmu;+

Na kutwã* besi ahoɔfɛ ananmu.

25 Wo mmarima bɛtotɔ sekan ano,

Na w’akatakyi awuwu wɔ ɔko mu.+

26 Kurow no ano apon besu adi awerɛhow,+

Ɔbɛtena fam atwa adwo.”+

4 Saa da no, mmea baason besuso ɔbarima baako mu+ aka akyerɛ no sɛ:

“Yebedi yɛn ankasa aduan

Ahyɛ yɛn ankasa ataade;

Nea ehia ara ne sɛ wode wo din bɛto yɛn so

Na apra yɛn aniwu* afi hɔ.”+

2 Ɛda no, nea Yehowa bɛma afifi* no bɛyɛ fɛ na anya anuonyam, na Israelfo a wɔanya wɔn ti adidi mu no de asaase no so aba bɛhoahoa wɔn ho, na ɛbɛyɛ wɔn fɛ.+ 3 Obiara a ɔbɛka Sion a wobegyaw no Yerusalem no, wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔwɔ Yerusalem a wɔakyerɛw wɔn din sɛ wɔntena nkwa mu+ no nyinaa.

4 Sɛ Yehowa de atemmu honhom ne ogya honhom*+ hohoro Sion mma mmea ho fĩ*+ na ɔhohoro Yerusalem mogyahwiegu nso fi ne mu a, 5 Yehowa bɛma omununkum ne wusiw akata Sion Bepɔw no so nyinaa ne ne nhyiambea so awia, na ogyaframa ahyerɛn hɔ anadwo,+ efisɛ nea ɛwɔ anuonyam no nyinaa benya ahobammɔ. 6 Na apata* bi bɛwɔ hɔ. Awiabere a ahohuru wom no, ɛbɛma onwini,+ na ahum ne osutɔbere mu nso, ayɛ guankɔbea ne hintabea.+

5 Ma mento dwom mma me dɔfo,

Me dɔfo ne ne bobefuw*+ ho dwom.

Ná me dɔfo wɔ bobefuw wɔ koko so, asaase pa bi so.

 2 Ofuntum asaase no yiyii so abo,

Oduaa bobe pa wɔ so,*

Osii abantenten wɔ afuw no mfinimfini,

Na otuu amoa a wokyĩ nsã* wom wɔ hɔ.+

Afei ɔtwɛnee sɛ ɛbɛsow bobe pa,

Nanso bobe a enye nko ara na ɛsowee.+

 3 “Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,

Mesrɛ mo, mummu me ne me bobefuw ntam atɛn.+

 4 Dɛn bio na ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobefuw no

A menyɛe?+

Dɛn nti na m’ani da so sɛ ɛbɛsow bobe pa

Na asow bobe fõ nko ara yi?

 5 Afei momma menkyerɛ mo

Nea mɛyɛ me bobefuw no:

Metutu ɛho ban,

Na wɔahyew no.+

Mebubu n’afasu a wɔde abo ayɛ no,

Na wɔatiatia so.

 6 Mɛma asɛe;+

Wɔrentwitwa ho, na wɔremfa asɔw nnɔw ase.

Nsɔe ne nwura begye afa,+

Na mɛhyɛ omununkum sɛ ɔnntɔ osu nngu so.+

 7 Asafo Yehowa bobefuw no ne Israel fi,+

Na afuw a n’ani ku ho no ne Yuda mmarima.

Ɔkɔɔ so hwɛɛ atɛntrenee kwan,+

Nanso hwɛ! ntɛnkyea na wobui;

Ɔhwehwɛɛ adetrenee,

Nanso hwɛ! osu ne nteɛteɛm na ɔtee.”+

 8 Wonnue, wɔn a wɔka afi bɔ afi so,+

Na wohwim asaase ka asaase ho+

Kosi sɛ ɔkwan biara nna hɔ bio,

Na mo nko ara motena asaase no so!

 9 Asafo Yehowa aka ntam agu m’asom sɛ,

Afi akɛse pii a ɛyɛ fɛ

Bɛyɛ tantaantan,

Na obiara rentena mu.+

10 Bobefuw eka du* bɛma mo bobesa bat susuhina* baako pɛ,

Na mudua aduaba homar susude* baako a, mubenya efa* baako pɛ.+

11 Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutuutu kɔnom nsã a ano yɛ den,+

Wɔn a wɔtena nsã* ho ma ade sa tumm kosi sɛ wɔbɛbow sram!

12 Wɔwɔ sanku ne sankuten,

Mpintin, atɛntɛbɛn, ne nsã* wɔ wɔn apontow ase;

Nanso Yehowa nneyɛe de, wonnwen ho,

Na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.

13 Enti wobetu me man afi wɔn asaase so akɔ,

Nimdeɛ a wonni nti;+

Ɔkɔm bɛde wɔn anuonyamfo,+

Na osukɔm ade wɔn nkurɔfo nyinaa.

14 Enti Ɔdamoa* abae ne yam*

Na wabue n’anom kakraa.+

Na kurow no mu anuonyamfo,* emu nnipadɔm a wɔyɛ dede, ne emufo a wogye wɔn ani tra so

Besian akɔ hɔ.

15 Na wɔbɛbrɛ ɔdasani ase,

Onipa bɛba fam,

Na wɔbɛbrɛ ahantanfo ani ase.

16 Asafo Yehowa atemmu* bɛma wayɛ kɛse;

Nokware Nyankopɔn no, Ɔkronkronni+ no, nam trenee+ so bɛtew ne ho.

17 Na nguan mma bedidi te sɛ nea wɔwɔ wɔn adidibea;

Mmeae a mmoa a wɔadɔ srade agyae hɔ adidi no, ɛhɔ na ahɔho bedidi.*

18 Wonnue, wɔn a wɔde nnaadaa nhama twe wɔn afodi

Na wɔde teaseɛnam nhama twe wɔn bɔne;

19 Wɔn a wɔka sɛ: “Ɔmma Ne ho nyɛ hare,

Ɛmmra ntɛm mma yɛnhwɛ.

Israel Kronkronni no atirimpɔw* mmra mu

Mma yenhu!”+

20 Wonnue, wɔn a wɔka sɛ papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa,+

Wɔn a wɔde sum yɛ hann na wɔde hann yɛ sum,

Wɔn a wɔde nwenenwene yɛ fremfrem na wɔde fremfrem yɛ nwenenwene!

21 Wonnue, wɔn a wɔyɛ anyansafo wɔ wɔn ankasa ani so,

Na wobu wɔn ho mmadwemma!+

22 Wonnue, wɔn a wɔagye din wɔ asanom* mu

Ne wɔn a wɔyɛ akatakyi wɔ nsãfra* mu,+

23 Wɔn a wogye adanmude* bu ɔbɔnefo bem+

Na wɔde atɛntrenee kame ɔtreneeni!+

24 Enti sɛnea ogya tɛkrɛma hyew sare

Na ogyaframa mene sare a awo no,

Saa ara na wɔn ntini bɛporɔw,

Na wɔn nhwiren ahuw akɔ sɛ mfuturu,

Efisɛ wɔapo asafo Yehowa mmara,*

Na wɔmfa Israel Kronkronni no asɛm nyɛ hwee.+

25 Ɛno nti na Yehowa bo afuw ne man denneennen no.

Na ɔbɛteɛ ne nsa wɔ wɔn so akunkum wɔn.+

Mmepɔw bɛwosow,

Na wɔn afunu besum mmɔnten so sɛ sumina.*+

Nea akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuw nsanee,

Mmom, wateɛ ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.

26 Wama ahyɛnsode* bi so akyerɛ ɔman bi wɔ akyirikyiri;+

Wabɔ hwirema afrɛ wɔn afi asaase ano noho;+

Na hwɛ! wɔde mmirika reba ntɛm.+

27 Wɔn mu biara mmrɛe anaa onhintiwee.

Obiara nni hɔ a ɔretɔ nko* anaa wada.

Abɔso a ɛbɔ wɔn asen nhodwowee,

Na wɔn mpaboa mu hama ntewee.

28 Wɔn agyan nyinaa ano yɛ nnam,

Na wɔn agyan nyinaa mu akuntunkuntun.*

Wɔn apɔnkɔ nan te sɛ abo a ano yɛ nnam,*

Na wɔn nteaseɛnam nan te sɛ ahum.+

29 Wɔn mmobom te sɛ gyata,

Na wɔbobom te sɛ agyata* a wɔn ho yɛ den.+

Wopow kyere aboa,

Na wɔde no kɔ a ogyefo biara nni hɔ.

30 Saa da no, wɔbɛworo agu no so

Te sɛ ɛpo a ɛreworo.+

Obiara a ɔbɛhwɛ asaase no behu esum kabii;

Omununkum nti, hann mpo adan sum.+

6 Afe a Ɔhene Usia wui+ no, mihuu Yehowa sɛ ɔte ahengua kokuroo a wɔama so bi so,+ na na n’ataade ano ayɛ asɔrefi hɔ ma. 2 Ná serafim gyinagyina ne nkyɛn; obiara wɔ ntaban asia. Obiara de abien kata n’anim na ɔde abien kata ne nan ho, na wɔn mu biara de abien nso tu.

 3 Ɔbaako ka kyerɛ ɔbaako sɛ:

“Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.+

N’anuonyam ahyɛ asaase nyinaa so ma.”

4 Na nteɛm no gyigyei* maa apongua no wosowee, na wusiw hyɛɛ ofie hɔ ma.+

 5 Ɛnna mekae sɛ: “Minnue!

Mawu awie,

Efisɛ meyɛ onipa a m’ano ho ntew,

Na mete nkurɔfo a wɔn ano ho ntew+ mu,

Ɛnna mede m’ani ahu Ɔhene no, asafo Yehowa ankasa!”

6 Na serafim baako tu baa me nkyɛn, na na okura ogyasramma+ a ɔde ade a wɔde fa ogya akoyi afi afɔremuka no so+ wɔ ne nsam. 7 Ɔde kaa m’ano, na ɔkae sɛ:

“Hwɛ! Ade yi aka w’ano,

Wɔayi wo mfomso* afi hɔ,

Na wɔapata ama wo bɔne.”

8 Afei metee Yehowa nne sɛ ɛrebisa sɛ: “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?”+ Na migyee so sɛ: “Mini! Soma me!”+

 9 Na ɔkae sɛ, “Kɔ, na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ:

‘Mobɛte ate ate,

Nanso morente ase;

Mubehu ahu ahu,

Nanso morennya nimdeɛ biara.’+

10 Ma ɔman yi koma mpirim,+

Ma wɔn aso nyɛ den,+

Na ka wɔn ani fomfam so,

Na wɔamfa wɔn ani anhu ade,

Na wɔamfa wɔn aso ante asɛm,

Na wɔn koma ante ase,

Na wɔansakra annya ayaresa.”+

11 Ɛnna mibisae sɛ: “O Yehowa, enkosi da bɛn?” Na obuae sɛ:

“Enkosi sɛ nkurow yi bɛsɛe adan amamfo a obi nte mu,

Na afi ada mpan a nnipa nni mu,

Na asaase no asɛe na ayɛ amamfo;+

12 Enkosi sɛ Yehowa beyi nnipa akɔ akyirikyiri,+

Na asaase no adan amamfo koraa.

13 “Nanso ɛbɛka du mu nkyem baako wɔ hɔ, na wɔbɛsan ahyew ɛno nso, te sɛ odupɔn ne odum a wɔatwa ama aka ne dunsin; aseni* kronkron no bɛyɛ dunsin no.”

7 Usia ba Yotam ba Ahas+ a ɔyɛ Yuda hene no bere so no, Siria hene Resin ne Remalia ba Peka+ a ɔyɛ Israel hene no bae sɛ wɔne Yerusalem rebɛko, nanso wɔantumi* anko amfa kurow no.+ 2 Na wɔbɛbɔɔ Dawid fi amanneɛ sɛ: “Siria ne Efraim aka wɔn ho abom.”

Na Ahas koma ne ne man koma wosowee te sɛ kwae mu nnua a mframa rewosow no.

3 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Mesrɛ wo, fi adi na wo ne wo ba Sear-Yasub*+ nkohyia Ahas wɔ baabi a atifi fam ɔtare no mu nsu nam no,+ ɔkwantempɔn a ɛkɔ ntamasifo asaase so no so. 4 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yiye; mma biribiara nnhaw wo. Nsuro, na mma wo koma nntu, gyentia abien a epuw wusiw yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba+ no abufuhyew nti. 5 Efisɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no abɔ wo ho pɔw bɔne sɛ: 6 “Momma yɛnkɔ Yuda so nkɔtetew ne mu* na yɛnkɔko mfa,* na yensi Tabeel ba hene wɔ hɔ.”+

 7 “‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:

“Ɛrenyɛ yiye,

Na ɛremma so.

 8 Siria ti ne Damasko,

Na Damasko ti ne Resin.

Aka mfe 65 pɛ,

Wobebubu Efraim pasaa na ɛrenyɛ ɔman bio.+

 9 Efraim ti ne Samaria,+

Na Samaria ti ne Remalia ba+ no.

Sɛ moannya gyidi a ɛyɛ den a,

Mo ase rentim.”’”

10 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ: 11 “Bisa Yehowa wo Nyankopɔn na ɔmma wo sɛnkyerɛnne bi;+ ebetumi akɔ fam akodu Ɔdamoa* mu tɔnn anaa akɔ soro akodu wim mpo.” 12 Nanso Ahas kae sɛ: “Meremmisa, na merensɔ Yehowa nhwɛ.”

13 Ɛnna Yesaia kae sɛ: “Dawid fi, mesrɛ mo muntie. Enti nnipa abotare a moasɔ ahwɛ yi ara nnɔɔso anaa? Mopɛ sɛ mosɔ Onyankopɔn nso abotare hwɛ?+ 14 Ɛno nti, Yehowa ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ! Ababaa* no benyinsɛn awo ɔbabarima+ na wato no din Imanuel.*+ 15 Bere a obehu sɛnea wɔpo bɔne na wɔpaw papa no, na odi bɔta ne ɛwo. 16 Ansa na abarimaa no behu sɛnea wɔpo bɔne na wɔpaw papa no, na wɔagyaw ahemfo baanu a musuro wɔn yi asaase ato hɔ a obiara rentena so.+ 17 Yehowa de nna bi bɛba wo so, ne wo manfo so, ne w’agya fi so. Efi bere a Efraim tew ne ho fii Yuda ho+ no, ebi mmae saa da, efisɛ Onyankopɔn de Asiria hene bɛba.+

18 “Na saa da no, Yehowa bɛbɔ hwirema afrɛ nwansena a wɔwɔ Egypt Nil asuasu* ano noho ne nnowa a wɔwɔ Asiria asaase so no. 19 Wɔn nyinaa bɛba abesisi nsubon a emu dɔ ne abotan mu ntokuru mu ne nsɔe so ne mmeae a nsu wɔ nyinaa.

20 “Saa da no, Yehowa de oyiwan a wɔabɔ no paa afi Asubɔnten no* ho, kyerɛ sɛ Asiria hene,+ beyi ti ne nan ho nwi, na ɔde awerɛw abogyesɛ nso.

21 “Ɛda no, onipa bɛkora nantwi ba baako ne nguan abien so. 22 Na nufusu a ebebu so nti, obedi bɔta, efisɛ obiara a waka asaase no so bedi bɔta ne ɛwo.

23 “Saa da no, baabi a na bobe 1,000 a ne bo yɛ nnwetɛbona 1,000 wɔ no, ɛhɔ bɛdan nsɔe ne nwura nko ara. 24 Nnipa de bɛmma ne agyan bɛkɔ hɔ, efisɛ asaase no nyinaa bɛdan nsɔe ne nwura. 25 Na mmepɔw a kan no na wɔde asɔw dɔw so nyinaa no, worenkɔ hɔ bio, nsɔe ne nwura nti; na ɛhɔ bɛdan anantwi adidibea, na nguan adi hɔ aforosian.”

8 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Fa kyerɛwpon+ kɛse na fa kyerɛwdua* kyerɛw so sɛ, ‘Maha-salal-has-bas.’* 2 Mepɛ sɛ adansefo anokwafo, ɔsɔfo Uria+ ne Yeberekia ba Sakaria, kyerɛw di ho adanse.”

3 Afei me ne odiyifobea* no dae,* na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “To no din Maha-salal-has-bas, 4 na ansa na abofra no betumi aka ‘Me papa!’ ne ‘Me maame!’ no, na wɔasoa Damasko ahode ne nneɛma a Samaria nyae wɔ ɔko mu kɔ Asiria hene anim.”+

5 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ:

 6 “Esiane sɛ nkurɔfo yi apo Siloa nsu a ɛtene bɔkɔɔ,+

Na wodi Resin ne Remalia ba ho ahurusi+ nti,

 7 Hwɛ! Yehowa bɛma

Asubɔnten no* mu nsu a ano yɛ den na ɛdɔɔso no aba wɔn so,

Asiria hene+ ne n’anuonyam nyinaa.

Na obebu afa ne nsuka nyinaa so,

Na wayiri afa ne kɔn so nyinaa.

 8 Ɔbɛsen akɔfa Yuda.

Na wayiri afa mu akodu ne kɔn mu pɛɛ;+

Ne ntaban a watrɛw mu no bedu w’asaase ano nyinaa,

O Imanuel!”*+

 9 Aman, monyɛ wɔn bɔne, na wobebubu mo asinasin.

Muntie, mo a mote asaase so akyirikyiri nyinaa!

Munsiesie mo ho nkɔko,* na wobebubu mo asinasin!+

Munsiesie mo ho nkɔko, na wobebubu mo asinasin!

10 Pɔw biara a mopɛ no, mommɔ, nanso ɛrenyɛ yiye!

Asɛm biara a mopɛ no, monka, nanso ɛrennyina,

Efisɛ Onyankopɔn ka yɛn ho!*+

11 Eyi ne asɛm a Yehowa de ne nsa dennen no too me so ka kyerɛɛ me de bɔɔ me kɔkɔ sɛ, menhwɛ yiye na mannantew ɔman yi kwan so:

12 “Nea nkurɔfo yi frɛ no atirisopam* no, mommfrɛ no atirisopam!

Nea wosuro no, munnsuro,

Na mommma ɛmmmɔ mo hu.

13 Asafo Yehowa, ɔno na mummu no kronkron,+

Ɔno na munsuro no,

Ɔno na ɛsɛ sɛ ɔma mo ho popo.”+

14 Ɔbɛyɛ tenabea kronkron,

Nanso ɔbɛyɛ hintibo

Ne watiriw bo+

Ama Israel afi abien no,

Na wayɛ afiri ne asau

Ama wɔn a wɔte Yerusalem.

15 Wɔn mu pii bɛwatiriw ahwe ase na wɔabubu;

Wɔbɛtɔ afiri mu ama ayi wɔn.

16 Kyekyere adanse a wɔakyerɛw no;

Tare mmara* no ano wɔ m’asuafo mu!

17 Yehowa a ɔde n’anim ahintaw Yakob fi+ no, mɛtwɛn no,*+ na mede m’ani bɛto no so.

18 Hwɛ! Me ne mmofra a Yehowa de wɔn ama me no,+ Asafo Yehowa a ɔte Sion Bepɔw so no de yɛn ayɛ nsɛnkyerɛnne+ ne anwonwade wɔ Israel.

19 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: “Monkɔ akɔmfo anaa asumanfo a wɔkasa wɔn menem te sɛ nnomaa na wɔbesebese wɔn ano no hɔ abisa a,” ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn hɔ mmom na ɛsɛ sɛ ɔman no bisa? Awufo nkyɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔ abisa ma ateasefo?+ 20 Mmara no ne adanse a wɔakyerɛw no mmom na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ!

Sɛ wɔanka no sɛnea asɛm yi te a, wonni hann.*+ 21 Na obiara de ahoyeraw ne ɔkɔm na ɛbɛnantew asaase no so;+ na ɔkɔm ne abufuw nti, ɔbɛma n’ani so ahwɛ soro adome ne hene ne ne Nyankopɔn. 22 Afei ɔbɛhwɛ asaase so, na obehu ɔhaw ne sum ne abɛbrɛsɛ ne kusuuyɛ nko ara, na hann nni baabiara.

9 Nanso, esum no renyɛ sɛ bere a na ahoyeraw wɔ asaase no so no, te sɛ kan a wobuu Sebulon asaase ne Naftali asaase animtiaa+ no. Nso akyiri yi, Onyankopɔn bɛhyɛ no anuonyam, kyerɛ sɛ, ɛpo kwan a ɛda Yordan mpɔtam, amanaman Galilea no.

 2 Nnipa a na wɔnam sum mu no

Ahu hann kɛse bi.

Na wɔn a wɔte sum kabii asaase so no,

Hann apue wɔn so.+

 3 Woama ɔman no mu nnipa adɔɔso pii;

Na woama wɔn anigye ayɛ kɛse.

Wɔn ani gye w’anim

Sɛnea nnipa ani gye twabere mu no,

Te sɛ wɔn a wɔde ahurusi kyɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɔko mu.

 4 Efisɛ wɔn kɔndua a wɔde soa ade,

Abaa a ɛda wɔn mmati, ne poma a wɔde ka wɔn kɔ adwuma no, woabubu mu pasapasa,

Te sɛ Midian da no.+

 5 Mpaboa biara a wɔde nantew a ɛma asaase wosow,

Ne ataade biara a mogya afɔw no no,

Wɔde bɛsɔ gya.

 6 Efisɛ wɔawo akokoaa ama yɛn,+

Wɔama yɛn ɔbabarima;

Na ahenni* no bɛda n’abati so.+

Edin a wɔde bɛfrɛ no ne Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfo,+ Daa Agya, Asomdwoe Hene.

 7 N’ahenni* mu bɛtrɛw

Na asomdwoe a enni awiei bɛba+

Dawid ahengua+ so ne n’ahenni so,

Na ɔde atɛntrenee+ ne trenee+

Bɛtaa n’ahenni akyi ama atim+

Afi nnɛ akosi daa.

Asafo Yehowa ahokeka nti na ɔbɛyɛ eyi.

 8 Yehowa de asɛm bi asoma akɔbɔ Yakob kɔkɔ,

Na aba Israel so.+

 9 Na nnipa no nyinaa behu,

Efraim ne Samariafo

A wɔka wɔ ahantan ne dwae so sɛ:

10 “Birikisi adwiriw agu,

Nanso yɛde abo a wɔasen besi.+

Wɔatwitwa sikamɔɔ nnua agu,

Nanso yɛde sida nnua besi ananmu.”

11 Yehowa bɛma Resin atamfo so atia no

Na wakanyan wɔn a wokyi no ama wɔakeka wɔn ho,

12 Siria befi apuei na Filistifo afi atɔe,*+

Na wɔbɛbae wɔn anom amene Israel.+

Nea akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuw nsanee,

Mmom, wateɛ ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+

13 Efisɛ ɔman no nsan mmaa Nea ɔbobɔɔ wɔn no nkyɛn;

Wɔnhwehwɛɛ asafo Yehowa akyi kwan.+

14 Na Yehowa de da koro betwa eti ne dua,*

Dubaa* ne sare tenten* afi Israel.+

15 Ɔpanyin ne onuonyamfo ne eti no,

Na odiyifo a ɔkyerɛkyerɛ atosɛm ne dua no.+

16 Ɔman yi akwankyerɛfo ma wɔfom,

Na wɔn a saa nkurɔfo yi kyerɛ wɔn kwan no de wɔn ti pempem.

17 Ɛno nti na Yehowa ani rennye wɔn mmerante ho no;

Na wɔn nnyanka ne wɔn akunafo nso, ɔrenhu wɔn mmɔbɔ,

Efisɛ wɔn nyinaa yɛ awaefo ne nnebɔneyɛfo,+

Na obiara ano ka agyimisɛm.

Nea akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuw nsanee,

Mmom, wateɛ ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+

18 Efisɛ atirimɔdensɛm dɛw te sɛ ogya,

Ɛhyew nsɔe ne nwura.

Ɛde ogya bɛto kwae mu adɔtɔ mu,

Ama afi wusiw kumɔnn

akɔ soro.

19 Asafo Yehowa abufuw nti

Na asaase no rehyew,

Na ogya no bɛhyew ɛso nnipa.

Obiara renkora ne nua mpo so.

20 Wobetwa wɔ nifa,

Nanso ɔkɔm bɛde wɔn ara;

Wobedi wɔ benkum,

Nanso wɔremmee.

Obiara bɛwe n’ankasa nsa ho nam,

21 Manase bɛwe Efraim,

Na Efraim awe Manase.

Wɔn nyinaa bɛsɔre ahyɛ Yuda.+

Nea akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuw nsanee,

Mmom, wateɛ ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+

10 Wonnue! wɔn a wɔhyehyɛ mmara bɔne,+

Wɔn a daa wɔkyerɛw ahyɛde a emu yɛ den,

 2 Sɛnea ɛbɛyɛ a ohiani rennya obiara nni n’asɛm mma no,

Na me man mu abrɛfo nnya atɛntrenee.+

Wɔde akunafo ayɛ sɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɔko mu,

Na wɔde nnyanka ayɛ sɛ nneɛma a wɔafom afa!+

 3 Akontaabu* da no, mobɛyɛ dɛn,+

Bere a ɔsɛe fi akyirikyiri aba no?+

Hena nkyɛn na mubeguan akɔpɛ mmoa,+

Na ɛhe na mubegyaw mo ahode?*

 4 Nea ɛbɛba ara ne sɛ wɔbɛkotokotow nneduafo mu,

Anaa wɔbɛhwehwe awufo mu.

Nea akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuw nsanee,

Mmom, wateɛ ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+

 5 “Hwɛ! Asiriani no ni,+

Ɔbɛyɛ m’abufuw abaa,+

Ne wɔn nsam poma a mede bɛda m’abufuhyew adi!

 6 Mɛsoma no akɔ ɔman a watew atua atia Onyankopɔn so,+

Na masoma no akɔ nnipa a wɔahyɛ me abufuw no so;

Mɛhyɛ no sɛ ɔnsesaw wɔn nneɛma pii na ɔmfom wɔn nneɛma bebree,

Na ontiatia wɔn so sɛ abɔntenkwan so atɛkyɛ.+

 7 Nanso ɔrente nka saa,

Na ɛremma ne komam saa;

Efisɛ ɛwɔ ne komam sɛ ɔbɛtɔre aman pii ase,

Na watwitwa wɔn agu; ɛrenyɛ kakraa bi.

 8 Na ɔka sɛ,

‘M’abirɛmpɔn nyinaa nyɛ ahemfo anaa?+

 9 Kalno+ nte sɛ Karkemis+ anaa?

Hamat+ nte sɛ Arpad?+

Samaria+ nte sɛ Damasko?+

10 Magye* anyamehunu ahemman

A wɔn ahoni dɔɔso sen nea ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no!+

11 Sɛnea meyɛɛ Samaria ne n’anyamehunu no,

Ɛnyɛ saa ara na mɛyɛ Yerusalem ne n’ahoni nso?’+

12 “Na sɛ Yehowa wie dwuma a obedi wɔ Sion Bepɔw so ne Yerusalem nyinaa a, Ɔbɛtwe* Asiria hene aso esiane ne koma a apirim ne n’ani a atra n’ani ntɔn no nti.+ 13 Efisɛ ɔka sɛ,

‘Mede me nsam tumi

Ne me nyansa bɛyɛ ade, efisɛ mewɔ nyansa.

Meyiyi aman no ahye afi hɔ+

Na mafom wɔn akorade,+

Na maka emufo agu sɛ ɔhoɔdenfo.+

14 Sɛnea obi de ne nsa wura berebuw mu no,

Mɛteɛ me nsa agye aman no agyapade;

Na sɛnea obi tase nkosua a wɔagyaw no,

Saa ara na mɛboaboa asaase nyinaa ano!

Obiara remmɔ ne ntaban mu, ɔremmue n’ano, na ɔrensu.’”*

15 Abonnua bɛma ne ho so wɔ nea ɔde no rebu nnua no so?

Sradaa bɛma ne ho so asen nea ɔde no retwa ade no?

Poma+ betumi ahim nea ɔma no so no?

Anaa abaa betumi ama nea wɔamfa dua anyɛ no no so?

16 Enti asafo Yehowa, nokware Awurade no

Bɛma n’akɛsefo afomfɔn,+

Na wasɔ gya ama adɛw wɔ n’anuonyam ase.+

17 Israel Hann+ bɛyɛ ogya,+

Na ne Kronkronni ayɛ ogyaframa;

Ɛbɛdɛw na ahyew ne nwura ne ne nsɔe nyinaa da koro.

18 Ɔbɛsɛe ne kwae ne ne turo anuonyam pasaa;*

Ɛbɛyɛ sɛ obi a yare ama wafɔn.+

19 Ne kwae mu nnua a aka no,

Ɛbɛyɛ kakraa bi, na abofra mpo betumi akan akyerɛw ne dodow.

20 Saa da no, Israel nkaefo

Ne Yakob fifo a wonyaa wɔn ti didii mu

Remfa wɔn ho ntweri nea ɔhwee wɔn no bio;+

Mmom wɔde wɔn ho betweri Yehowa,

Israel Kronkronni no, wɔ nokwaredi mu.

21 Nkaefo bi pɛ na wɔbɛsan aba,

Yakob nkaefo no bɛsan aba Onyankopɔn Tumfo no nkyɛn.+

22 O Israel, wo nkurɔfo

Te sɛ mpoano anwea,

Nanso wɔn mu nkaefo bi pɛ na wɔbɛsan aba.+

Wɔahyɛ ɔsɛe ato hɔ,+

Na atɛntrenee* bebu afa wɔn so.+

23 Yiw, ɔsɛe pasaa a Awurade Tumfo, asafo Yehowa, ahyɛ ato hɔ no,

Ɛbɛba asaase no nyinaa so.+

24 Enti nea Awurade Tumfo, asafo Yehowa, aka ni: “Me man a mote Sion, munnsuro, Asiriani a ɔde abaa hwee mo+ na ɔde ne poma baa mo so sɛnea Egypt yɛe no+ nti. 25 Ɛrenkyɛ koraa, abufuhyew no to betwa; m’abufuw bɛsɛe wɔn.+ 26 Asafo Yehowa behim abaa* wɔ no so+ sɛnea otwiw faa Midian so wɔ Oreb botan ho no.+ Na ɔde ne poma bɛkyerɛ po so, na wama so sɛnea ɔyɛɛ Egypt no.+

27 Saa da no, Asiriani no adesoa befi w’abati so,+

Na ne kɔndua afi wo kɔn ho,+

Na ngo no nti, kɔndua no bɛsɛe.”+

28 Waba Aiyat+ so;

Watwam afa Migron;

Mikmas+ na ɔde ne nneɛma abegu.

29 Wɔafa baabi a wɔfa twa asu no;

Wɔakɔda Geba;+

Rama abɔ hu, na Saul kurow Gibea+ nso aguan.+

30 O Galim babea, su na teɛteɛm!

Laisa, yɛ aso tie!

O Anatot,+ w’asɛm yɛ mmɔbɔ!

31 Madmena aguan.

Gebimfo akɔpɛ baabi atɛw.

32 Ɛnnɛ da yi ara, obegyina Nob.+

Ɔwosow ne nsa kyerɛ Sion babea bepɔw,

Yerusalem koko no.

33 Hwɛ! Asafo Yehowa, nokware Awurade no,

Retwitwa nnubaa* ma ɛrehwehwe fam birimbirim;+

Ɔretwitwa nnua atenten no gu,

Na nea ɛkorɔn no, ɔbrɛ no ase.

34 Ɔde dade* twitwa kwae mu adɔtɔ,

Na ɔhoɔdenfo bi nsa ano na Lebanon bɛhwe ase.

11 Dubaa+ bi befifi Yese dunsin mu,+

Na dua foforo bi bɛfefɛw+ afi ne ntini mu asow aba.

 2 Na Yehowa honhom bɛtena no so,+

Nyansa+ ne ntease honhom,

Afotu ne tumi honhom,+

Nimdeɛ ne Yehowa suro honhom.

 3 Na Yehowa suro bɛyɛ no anigye.+

Ɛnyɛ nea n’ani hu na obegyina so abu atɛn,

Na ɛnyɛ nea n’aso te kɛkɛ na obegyina so anya obi kasakyerɛ.+

 4 Obebu atɛn turodoo* ama ahiafo,

Na ɔde trenee ayi ntɛn ama asaase so ahobrɛasefo.

Ɔde n’anom abaa bɛbɔ asaase no,+

Na ɔde n’anom ahome* akum abɔnefo.+

 5 Trenee bɛyɛ abɔso abɔ ne sisi,

Na nokwaredi ayɛ abɔso wɔ n’asen.+

 6 Pataku ne oguan ba bɛtena,*+

Na ɔsebɔ ne apɔnkye ba ada faako,

Na nantwi ba ne gyata* ne aboa a wadɔ srade bɛbom atena faako;*+

Na abarimaa ketewaa aka wɔn.

 7 Nantwibere ne osisi bɛbom adidi,

Na wɔn mma ada faako.

Gyata bɛwe wura sɛ nantwinini.+

 8 Abofra a otua nufu ano begoru ɔprammiri amoa ano,

Na abofra a watwa nufu de ne nsa aka ahurutoa* bɔn.

 9 Wɔrenyɛ bɔne+

Na wɔrensɛe ade bio wɔ me bepɔw kronkron no nyinaa so,+

Efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma

Sɛnea nsu kata po so no.+

10 Saa da no, Yese ntini+ bɛsɔre agyina sɛ ahyɛnsode* ama aman no.+

Ne hɔ na amanaman bɛhwehwɛ akwankyerɛ,*+

Na ne homebea benya anuonyam.

11 Saa da no, Yehowa bɛsan ateɛ ne nsa, ne mprenu so, de agye ne man nkaefo afi Asiria,+ Egypt,+ Patros,+ Kus,+ Elam,+ Sinar,* Hamat, ne po so nsupɔw+ so. 12 Ɔbɛma ahyɛnsode* bi so ama aman no na waboaboa Israelfo a wɔahwete no ano,+ na ɔbɛboaboa Yudafo a wɔahwete no ano afi asaase afanan nyinaa.+

13 Efraim ahoɔyaw befi hɔ,+

Na wɔn a wɔtan Yuda no, wobeyi wɔn afi hɔ.

Efraim ani remmere Yuda,

Na Yuda nso rentan Efraim.+

14 Wobetu fãã akosi Filistifo nkoko* so wɔ atɔe;

Wɔbɛbom afom Apueifo nneɛma.

Wɔbɛteɛ wɔn nsa wɔ Edom ne Moab so,*+

Na Ammonfo abɛhyɛ wɔn ase.+

15 Egypt po no fã a adidi kɔ asaase mu* no, Yehowa bɛkyɛ mu,*+

Na obehim ne nsa wɔ Asubɔnten no*+ so.

Ɔde ne home* hyehyeehyew no bɛbɔ n’asuten ason no,*

Na wama nnipa de wɔn mpaboa anantew atwa.

16 Na ɔkwantempɔn+ bi befi Asiria abɛda hɔ ama ne man nkaefo a wɔaka no,+

Sɛnea ebi bɛdaa hɔ maa Israel ɛda a ofii Egypt asaase so no.

12 Ɛda no, wobɛka sɛ:

“O Yehowa, meda wo ase,

Efisɛ wo bo fuw me de,

Nanso nkakrankakra w’abufuw ano dwoe, na wokyekyee me werɛ.+

 2 Hwɛ! Onyankopɔn ne me nkwagye.+

Menya ahotoso na merensuro,+

Efisɛ Yah* Yehowa ne m’ahoɔden ne me tumi,

Na wabɛyɛ me nkwagye.”+

 3 Mode ahurusi bɛsaw nsu

Afi nkwagye nsuti no mu.+

 4 Na saa da no, mobɛka sɛ:

“Monna Yehowa ase, mommɔ ne din,

Monka ne nnwuma nkyerɛ amanaman!+

Mompae mu nka sɛ ne din korɔn.+

 5 Monto dwom* nyi Yehowa ayɛ,+ efisɛ wayɛ nneɛma akɛse.+

Momma wɔnka eyi ho asɛm asaase nyinaa so.

 6 Bɔ ose na di ahurusi, wo a wote Sion,*

Efisɛ Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no so.”

13 Babilon ho atemmusɛm+ a Amus ba Yesaia+ nyaa ho anisoadehu ni:

 2 “Momma ahyɛnsode* bi so+ mfa nsi bepɔw petee so.

Momma mo nne so mfrɛ wɔn, montow mo nsa mfrɛ wɔn,

Na wɔmmra atitiriw pon ano.

 3 Mede ahyɛde ama wɔn a mapaw wɔn no.*+

Mafrɛ me mmarima a wonim ko sɛ wɔnna m’abufuw adi,

Me nkurɔfo a wɔde ahantan di ahurusi no.

 4 Muntie! Nnipadɔm bi wɔ mmepɔw so;

Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nnipa bebree!

Muntie! Ahenni ahorow hooyɛ,

Aman a wɔaboaboa wɔn ano+ dede!

Asafo Yehowa reboaboa asraafodɔm ano ama ɔko.+

 5 Wofi akyirikyiri asaase so reba,+

Ɔsoro ano tɔnn,

Yehowa ne n’abufuhyew akode,

Sɛ wɔrebɛsɛe asaase nyinaa.+

 6 Munsu nteɛteɛm, na Yehowa da no abɛn!

Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi ade nyinaa so Tumfo no hɔ.+

 7 Ɛno nti, nsa nyinaa mu begow,

Na ehu nti, onipa biara koma bɛnan.+

 8 Nkurɔfo no adwene atu afra.+

Wɔasinsen, na wɔte yaw,

Te sɛ ɔbea a awo aka no.

Obiara de ehu hwɛ ne yɔnko anim,

Na wɔn anim ayeyɛ bosabosaa.

 9 Hwɛ! Yehowa da no reba,

Ɛbɛyɛ anibere ne abufuhyew da; wɔrenhu obiara mmɔbɔ,

Ɛbɛma asaase no adan ade a ɛyɛ hu,+

Na ama asaase no so abɔnefo ase ahyew.

10 Efisɛ ɔsoro nsoromma ne wɔn nsorommakuw*+

Renhyerɛn;

Owia beduru sum bere a ɛrepue no ara,

Na ɔsram renhyerɛn.

11 Mɛma asaase no atwa ne bɔne so aba,+

Na mama amumɔyɛfo anya wɔn amumɔyɛ so akatua.

Mɛma ahantanfo agyae

wɔn dwae,

Na mabrɛ atirimɔdenfo ahomaso ase.+

12 Mɛma ɔdasani ho ayɛ na asen sika kɔkɔɔ amapa,+

Na nnipa ho ayɛ na asen Ofir sika kɔkɔɔ.+

13 Ɛno nti na mɛma ɔsoro awosow,

Na asaase ahinhim afi ne sibea,+

Asafo Yehowa abufuw nti, n’abufuhyew da no.

14 Obiara bɛdan ne ho akɔ ne nkurɔfo nkyɛn;

Obiara beguan akɔ n’asaase so,+

Te sɛ ɔtwe a wɔrepɛ no akyere no, anaa nguan a obiara mmoaboa wɔn ano.

15 Obiara a wobehu no no, wɔde ade bɛwɔ ne mu,

Na obiara a wɔbɛkyere no no, ɔbɛtɔ sekan ano.+

16 Wɔbɛtetew wɔn mma mu wɔ wɔn anim,+

Wɔbɛfom wɔn afi,

Na wɔato wɔn yerenom mmonnaa.

17 Hwɛ, merema Mediafo akɔ wɔn so.+

Wɔn de, wommu dwetɛ,

Na wɔn ani mmere sika kɔkɔɔ.

18 Wɔn agyan bɛtetew mmerante mu,+

Wɔn yam renhyehye wɔn mma yafunu mu mma,

Na wɔrenhu mmofra mmɔbɔ.

19 Na Babilon, ahenni nyinaa mu nuonyamfo,*+

Afɛfɛde a Kaldeafo de kyerɛ wɔn ho no,+

Ɛbɛyɛ te sɛ Sodom ne Gomora bere a Onyankopɔn kaa wɔn butuwii no.+

20 Obiara rentena ne mu da,

Na ɔbɛyɛ baabi a obiara rentumi ntena hɔ, awo ntoatoaso nyinaa mu.+

Arabni biara rensi ne ntamadan wɔ hɔ,

Na nguanhwɛfo biara remma wɔn nguan nhome wɔ hɔ.

21 Sare so mmoa bɛda hɔ;

Mpatu bɛhyɛ wɔn afi mu ma.

Nsohori de hɔ bɛyɛ wɔn fi,+

Na wuram mpɔnkye* behuruhuruw wɔ hɔ.

22 Mmoa a wosu te sɛ kraman besu wɔ n’aban mu,

Na sakraman besu wɔ n’ahemfi fɛfɛɛfɛ mu.

Ne bere abɛn, na wɔremfa nna no bi nka ho

mma no.”+

14 Na Yehowa behu Yakob mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan apaw Israel.+ Ɔde wɔn bɛtena* wɔn asaase so,+ na ahɔho de wɔn ho bɛbɔ wɔn na wɔde wɔn ho afam Yakob fi ho.+ 2 Na nkurɔfo bɛfa wɔn na wɔde wɔn aba wɔn asaase so, na Israel fi de wɔn bɛyɛ agyapade na wɔayɛ nkoa ne mfenaa+ wɔ Yehowa asaase so. Na wɔn a wɔkyeree wɔn kɔe no, wɔn nso bɛkyere wɔn bi, na wɔn a wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma no bɛba abɛhyɛ wɔn ase.

3 Ɛda a Yehowa bɛma woahome afi wo yaw ne w’abɛbrɛsɛ ne wo nkoasom mu brɛ mu no,+ 4 wubebu Babilon hene bɛ* sɛ:

“Ei! Nea ɔhyɛ nkurɔfo ma wɔyɛ adwuma no na n’awiei aba yi!

Nhyɛso na ɛto atwa yi!+

 5 Yehowa abubu abɔnefo abaa,

Ne atumfo poma,+

 6 Nea ɔde abufuhyew bobɔ aman a onnyae,+

Nea ɔtan amanaman ani a onnyae, na ɔde abufuw hyɛ wɔn so no.+

 7 Asaase nyinaa so adwo; ɔhaw biara nni so.

Nkurɔfo de anigye bɔ ose.+

 8 Nea ato wo no ama ɔpopaw nnua

Ne Lebanon sida nnua mpo ani agye.

Wɔka sɛ, ‘Efi bere a wohwee ase yi,

Obi a obu nnua biara mmaa yɛn so.’

 9 Ɔdamoa* a ɛwɔ asaase ase mpo de ahopere

Rebehyia wo ama wo akwaaba.

Wo nti, wanyan awufo a wontumi nyɛ hwee no,

Asaase so atumfo a wɔn tirim yɛ den* nyinaa.

Wama amanaman no ahemfo nyinaa asɔre afi wɔn nhengua so.

10 Wɔn nyinaa ka kyerɛ wo sɛ,

‘Wo nso woadwudwo te sɛ yɛn anaa?

Woayɛ sɛ yɛn anaa?

11 W’ahomaso asian abedu Ɔdamoa* mu,

W’asanku nnyigyei no.+

Mmoawa manyamanya abɛyɛ mpa a woda so,

Na asunson abɛyɛ ntama a ɛkata wo ho.’

12 Hwɛ sɛnea wufi soro abɛhwe fam,

O wo a wohyerɛn, adekyee ba!

Hwɛ sɛnea wɔatwa wo abɛhwe asaase so,

Wo a wobrɛɛ aman ase!+

13 Wokae wɔ wo komam sɛ: ‘Mɛforo akɔ soro.+

Mɛma m’ahengua so asi Onyankopɔn nsoromma atifi,+

Na mɛtena nhyiam bepɔw no so,

Wɔ atifi fam akyirikyiri.+

14 Mɛforo atra ɔsoro mununkum;

Mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.’

15 Nanso wɔbɛtew wo abɛhwe Ɔdamoa* mu,

Amoa ase tɔnn.

16 Wɔn a wobehu wo no bɛhwɛ wo hãã;

Wobegyen wɔn ani ahwɛ wo aka sɛ:

‘Ɛnyɛ ɔbarima a na ɔma asaase wosow,

Na ɔmaa ahenni ahorow hinhimii no ni?+

17 Ɛnyɛ ɔno na ɔmaa asaase dan sare,

Na ɔkaa so nkurow butuwii,+

Na wamma ne nneduafo kwan ankɔ wɔn fi no?’+

18 Amanaman ahemfo nyinaa,

Wɔn nyinaa deda hɔ anuonyam mu,

Obiara da ne damoa mu.*

19 Nanso wo de, woannya ɔdamoa biara. Wɔatow wo akyene

Te sɛ dua foforo* a wɔapo,

Te sɛ obi a mmarima a wɔatotɔ sekan ano akata ne ho baabiara,

Te sɛ mmarima a wɔasian kɔ amoa a abo wom mu,

Te sɛ efunu a wɔatiatia so.

20 Worenkɔka wɔn ho wɔ ɔdamoa mu,

Efisɛ woasɛe wo ara w’asaase,

Woakunkum w’ankasa wo nnipa.

Wɔremmɔ abɔnefo asefo din bio da.

21 Munsiesie baabi a mubekum ne mma,

Wɔn agyanom bɔne nti,

Na wɔansɔre amfa asaase no,

Na wɔankyekye nkurow anhyɛ so ma.”

22 “Mɛsɔre aba wɔn so,”+ asafo Yehowa na waka.

“Edin oo, nkaefo oo, mma oo, mmanana oo, mɛpopa ne nyinaa afi Babilon,”+ Yehowa na waka.

23 “Mede no bɛma akɔtɔkɔ, na ɛhɔ bɛdan asaase a nsu taa so,* na mede ɔsɛe prae bɛpra no akɔ,”+ asafo Yehowa na waka.

24 Asafo Yehowa aka ntam sɛ:

“Nea masusuw no, ɛno ara na ɛbɛba mu,

Na gyinae a masi no, ɛno ara na ɛbɛyɛ hɔ.

25 Mebubu Asiriani no wɔ m’asaase so,

Na matiatia no so wɔ me mmepɔw so.+

Wobeyi ne kɔndua afi wɔn so,

Na wɔayi ne nnesoa afi wɔn mmati so.”+

26 Eyi ne pɔw a wɔabɔ* atia asaase nyinaa,

Na eyi ne nsa a wɔateɛ wɔ aman nyinaa so.*

27 Asafo Yehowa asi gyinae,

Hena na obetumi asiw no kwan?+

Wateɛ ne nsa,

Hena na obetumi akoa mu?+

28 Afe a Ɔhene Ahas wui no,+ wɔde asɛm yi too gua:

29 “Filistia, mo mu biara nnni ahurusi,

Esiane sɛ abaa a mo tamfo de hwee mo no mu abu nti.

Hwɛ, ahurutoa*+ befi ɔwɔ ntini+ mu aba,

Na n’aseni bɛyɛ ɔwɔ a ɔtow ne ho a n’ano yɛ ogya.*

30 Mmɔborɔwafo mmakan bedidi,

Na ahiafo ada ma wɔn asom adwo wɔn.

Nanso wo de, mede ɔkɔm bekum wo ntini,

Na wɔn a wɔbɛka wɔ wo mu no nso, wobekunkum wɔn.+

31 O ɔponkɛse, su teɛteɛm! Kurokɛse, teɛm!

O Filistia, mo nyinaa koma betu!

Efisɛ wusiw bi fi atifi reba,

Na n’asraafo no mu biara nni hɔ a ɔbɛka akyi.”

32 Asɛm bɛn na wɔde bebua nkurɔfo a ɔman no asoma wɔn* no?

Wobebua wɔn sɛ, Yehowa ato Sion fapem,+

Na ne man mu mmɔborɔwafo bɛhwehwɛ guankɔbea wɔ ne mu.

15 Moab ho atemmusɛm ni:+

Esiane sɛ wɔasɛe no anadwo baako nti,

Moab-Ar+ ayɛ komm.

Esiane sɛ wɔasɛe no anadwo baako nti,

Moab-Kir+ ayɛ komm.

 2 Waforo kɔ Ofie* hɔ ne Dibon,+

Ɔkɔ sorɔnsorɔmmea* hɔ rekosu.

Nebo+ ne Medeba+ nti, Moab resu teɛteɛm.

Obiara abɔ tikwaw,+ obiara ayi n’abogyesɛ.+

 3 Wofurafura awerɛhow ntama* wɔ ne mmɔnten so.

Wɔn nyinaa resu teɛteɛm wɔ wɔn adan atifi ne wɔn mmɔnten so;

Wɔresian nyinaa, na wɔresu.+

 4 Hesbon ne Eleale+ teɛm;

Wɔte wɔn nne wɔ Yahas+ tɔnn.

Ɛno nti na Moab asraafo teɛteɛm.

Ne ho* rewosow biribiri.

 5 Moab nti, me koma resu.

N’aguanfo akɔ ara akodu Soar+ ne Eglat-Selisiya.+

Wɔreforo Luhit koko nyinaa, na wɔresu;

Wɔnam kwan so rekɔ Horonaim nyinaa, na wɔresu teɛteɛm wɔ ɔsɛe no ho.+

 6 Nimrim nsu nyinaa ayow koraa;

Sare momono no aguan,

Sare no awu, na wura momono biara nni hɔ bio.

 7 Ɛno nti na wɔsoso wɔn ahode ne wɔn nneɛma a aka wɔ wɔn adekoradan mu rekɔ no;

Wɔretwa subon a nsuano nnua wom no.

 8 Agyaadwo no gyigye Moab asaase so baabiara.+

Osũ ne nteɛteɛm no adu Eglaim;

Osũ ne nteɛteɛm no adu Beer-Elim.

 9 Dimon nsu nyinaa adan mogya,

Nanso nea mede reba Dimon so no sen ɛno koraa:

Mede gyata bɛba Moabfo a wɔreguan

Ne wɔn a wɔaka wɔ asaase no so no so.+

16 Momfa odwennini nkɔma asaase no so hene,

Momfa no mfi Sela mfa sare so,

Na momfa no nkɔ Sion babea bepɔw no so.

 2 Nea ɛbɛto Moab mma mmea wɔ baabi a wɔfa twa Arnon asu+ no,

Ɛbɛyɛ sɛ anomaa a wɔapam no afi ne berebuw mu.+

 3 “Momfa akwankyerɛ mma, momfa gyinaesi no nyɛ adwuma.

Edu awia ketee a, ma wo nwini nyɛ sɛ anadwo.

Wɔn a wɔahwete no, fa wɔn sie; na wɔn a wɔreguan no, nyi wɔn mma.

 4 O Moab, ma me nkurɔfo a wɔahwete no ntena wo mu.

Ɔsɛefo no+ nti, fa wo ho yɛ hintabea ma wɔn.

Nea ɔhyɛ wɔn so no awiei bɛba,

Ɔsɛe no to betwa,

Na wɔn a wotiatia afoforo so no bɛsɛe afi asaase so.

 5 Afei wɔde ahengua bi betim hɔ ɔdɔ* so.

Nea ɔbɛtena so wɔ Dawid ntamadan mu no bɛyɛ ɔnokwafo;+

Obebu atɛntrenee, na ɔbɛyɛ adetrenee ntɛm.”+

 6 Yɛate Moab ahomaso no, sɛ ɔyɛ dwae papaapa.+

Yɛate n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’abufuw no;+

Nanso n’anomdwa bɛyɛ kwa.

 7 Enti Moab besu ateɛteɛm wɔ n’amanehunu ho;

Wɔn nyinaa bɛbɔ bena.+

Wɔn a wɔn ho yeraw wɔn no bedi abooboo, Kir-Hareset+ bobe keeki nti.

 8 Efisɛ Hesbon+ mfuw ahyew,*

Sibma+ bobe no,

Aman no atumfo atiatia ne nnubaa a asow bobe pa dɔsɔɔ no so;

Ɛkɔe ara koduu Yaser;+

Ekoduu sare so.

Ne mmãã trɛtrɛwee, na ɛkɔe ara koduu po mu.

 9 Eyi nti na mesu Sibma bobe sɛnea misu Yaser no.

Mede me nisu bɛfɔw wo, Hesbon ne Eleale,+

Efisɛ sɛnea wɔteɛteɛm gu w’ahohuru bere mu aba ne wo twabere so no, aba awiei.*

10 Wɔapam anigye ne ahosɛpɛw afi turo mu,

Na ahurusi dwom ne nteɛteɛm ayera afi bobe mfuw mu.+

Wɔn a wokyĩ nsã renkyĩ nsã* wɔ amoa a wokyĩ nsã wom mu bio,

Efisɛ mama nteɛteɛm no to atwa.+

11 Eyi nti na me nsono mu wosow wɔ Moab ho+

Te sɛ sanku hama a ɛrewosow,

Na me yam hyehye me wɔ Kir-Hareset ho no.+

12 Sɛ Moab brɛ ne ho som wɔ sorɔnsorɔmmea,* na ɔkɔ ne tenabea kronkron kɔbɔ mpae mpo a, ɛrenkosi hwee.+

13 Eyi ne asɛm a Yehowa dii kan ka faa Moab ho. 14 Na seesei nea Yehowa reka ni: “Akyɛ koraa mfe abiɛsa, te sɛ ɔpaani mfe,* Moab anuonyam bebutuw na aporɔw atetew koraa, na nnipa a wɔbɛka no bɛyɛ kakraa bi, wɔrenyɛ den.”+

17 Damasko ho atemmusɛm ni:+

“Hwɛ! Damasko renyɛ kurow bio,

Na ɛbɛdan abo asum hɔ.*+

 2 Wobegyaw Aroer+ nkurow;

Ɛbɛyɛ baabi a nguan bebutubutuw,

Na obiara renhunahuna wɔn.

 3 Nkurow a wɔabɔ ho ban bɛyera afi Efraim,+

Na ahenni ayera afi Damasko;+

Na Siriafo a wɔaka no

Bɛyɛ sɛ Israelfo* anuonyam,” asafo Yehowa na waka.

 4 “Saa da no, Yakob anuonyam so bɛtew,

Na ne nipadua a ɛte apɔw no* bɛfɔn.

 5 Ɛbɛyɛ sɛ bere a okuafo retwa hwiit*

Na ɔde ne nsa repompan hwiit* mmɛtem,

Te sɛ obi a ɔresesaw hwiit* ase wɔ Refaim Bon+ mu.*

 6 Ase kakraa bi na ɛbɛka,

Te sɛ bere a wɔwosow ngodua:

Ngodua aba a abere abien anaa abiɛsa pɛ na ɛbɛka wɔ dua no nkɔnmu,

Na anan anaa anum pɛ na ɛbɛka wɔ ne nnubaa so,”+ Israel Nyankopɔn Yehowa na waka.

7 Saa da no, onipa bɛma n’ani so ahwɛ ne Yɛfo na obegyen n’ani ahwɛ Israel Kronkronni no. 8 Ɔrenhwɛ afɔremuka+ a ɛyɛ ne nsa ano adwuma+ no; na ɔrennyen n’ani nhwɛ nea ɔde ne nsateaa ayɛ, abosonnua* anaa ade a wɔde hyew aduhuam.

 9 Saa da no, ne nkurow a ɛyɛ den bɛyɛ sɛ beae a aka kwae mu,+

Te sɛ dubaa a wogyawee wɔ Israelfo anim;

Ɛbɛdan amamfo.

10 Efisɛ wo werɛ afi wo nkwagye Nyankopɔn;+

Wonkae wo Botan+ dennen no bio.

Ɛno nti na wudua nnua fɛfɛɛfɛ

Na wotɛw ɔnanani dua* wɔ hɔ no.

11 Wotɔ wo bo ase gye wo nnua ho ban awia,

Woma w’aba fifi anɔpa,

Nanso da a ɔyare ne yaw a ɛrennyae da bɛba no, ɛso aba betu ayera.+

12 Tie! Aman yɛ gyegyeegye,

Wobu fa so te sɛ po a ɛrehuru kutukutu!

Aman yɛ dede,

Wɔn dede te sɛ nsu kɛse a ɛreworo so!

13 Aman no bɛyɛ dede te sɛ nsu bebree a ɛreworo so.

Ɔbɛka wɔn anim, na wobeguan akɔ akyirikyiri,

Wobetiw wɔn te sɛ bepɔw so ntɛtɛwa a mframa de rekɔ,

Te sɛ nwura* a ahum ama ɛredi kyinhyia.

14 Edu anwummere a, akomatu.

Ansa na ade bɛkye no, na wonni hɔ.

Eyi ne wɔn a wɔfom yɛn nneɛma no kyɛfa,

Ne wɔn a wogye yɛn ho nneɛma no kyɛfa.

18 Due! Asaase a wɔte ntuboa ntaban nnyigyei wɔ so,

Asaase a ɛwɔ Etiopia nsubɔnten ho.+

 2 Ɛsoma nkurɔfo* fa po so,

Ɛma wɔde ahyɛn a wɔde mmɛw* ayɛ fa nsu so, na ɛka sɛ:

“Monkɔ, asomafo* a mo ho yɛ hare,

Monkɔ ɔman a emufo yɛ atenten na wɔn ho yɛ tromtrom no nkyɛn,

Monkɔ nnipa a wosuro wɔn wɔ baabiara no nkyɛn,+

Monkɔ ɔman a wɔn ho yɛ den na wɔredi nkonim* no nkyɛn,

Ɔman a nsubɔnten ahohoro wɔn asaase no.”

 3 Mo a mote wiase ne mo a mote asaase so nyinaa,

Nea mubehu no bɛyɛ te sɛ ahyɛnsode* a wɔde asi mmepɔw so,

Na mobɛte nne bi te sɛ nea wɔrebɔ abɛn.

 4 Nea Yehowa aka akyerɛ me ni:

“Mɛyɛ komm na mahwɛ m’atenae,*

Te sɛ awia ketee ne emu ahohuru,

Te sɛ obosu mununkum wɔ twabere mu ahohuru mu.

 5 Ansa na twabere bedu no,

Sɛ nhwiren gu wie na bobe no gyigye a,

Wɔde kantankrankyi* betwitwa nea afefɛw wɔ ho no,

Na wɔatwitwa ɛho nhama atow agu.

 6 Wobegyaw wɔn afunu nyinaa ama mpete

Ne asaase so mmoa.

Mpete bɛtena wɔn nam ho ahohuru bere,

Na asaase so mmoa nyinaa atena ho twabere.

 7 Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ asafo Yehowa.

Wɔde befi ɔman a emufo yɛ atenten na wɔn ho yɛ tromtrom no nkyɛn,

Nnipa a wosuro wɔn wɔ baabiara no,

Ɔman a wɔn ho yɛ den na wɔredi nkonim no,*

Ɔman a nsubɔnten ahohoro wɔn asaase no.

Na wɔde bɛba baabi a asafo Yehowa din wɔ, Sion Bepɔw so.”+

19 Egypt ho atemmusɛm ni:+

Hwɛ! Yehowa te omununkum a ɛho yɛ hare so, na ɔreba Egypt.

Egypt anyamehunu no ho bɛpopo n’anim,+

Na Egypt koma bɛnan wɔ ne mu.

 2 “Mɛma Egyptni asɔre atia Egyptni,

Na wɔne wɔn ho ako,

Onua ne onua, ɔyɔnko ne ɔyɔnko,

Kurow ne kurow, ahenni ne ahenni.

 3 Egypt honhom bɛbotow,

Na mɛsɛe ne nhyehyɛe.*+

Wɔbɛdan akɔ anyamehunu hɔ,

Na wɔakɔ adutofo* ne asumanfo ne adebisafo nkyɛn.+

 4 Mede Egypt bɛhyɛ otirimɔdenfo bi nsa sɛ ne wura,

Na ɔhene a ne tirim yɛ den adi wɔn so,”+ asafo Yehowa, nokware Awurade no, asɛm ni.

 5 Ɛpo no mu nsu bɛyow,

Na asubɔnten no bɛyow na adan asaase kesee.+

 6 Nsubɔnten no bɛbɔn;

Nil a ɛwɔ Egypt no asuasu bɛyow ayɛ asaase kesee.

Demmire ne sibiri bɛporɔw.+

 7 Afifide a ɛwɔ Asubɔnten Nil kɔn so ne Nil ano bɛhyew,*

Na Nil ho nsaase a wɔadua so nneɛma+ nyinaa bɛkyen.+

Mframa behuw akɔ ama ayera koraa.

 8 Apofofo werɛ bɛhow,

Wɔn a wɔtow nnarewa wɔ Nil mu bedi abooboo,

Na wɔn a wogu asau wɔ nsu no mu no, wɔn dodow so bɛtew.

 9 Wɔn a wɔyɛ asaawa+ ho adwuma*

Ne wɔn a wɔnwene nwera ani bewu.

10 Ne ntamanwemfo bɛbotow;

N’apaafo nyinaa bedi awerɛhow.*

11 Soan+ mpanyimfo yɛ nkwaseafo.

Farao afotufo mu anyansafo afotu yɛ nsɛnhunu.+

Ɛbɛyɛ dɛn na moatumi aka akyerɛ Farao sɛ:

“Meyɛ anyansafo aseni,

Meyɛ tete ahemfo aseni”?

12 Afei w’anyansafo no wɔ he?+

Sɛ wonim gyinae a asafo Yehowa asi wɔ Egypt ho a, ma wɔnka nkyerɛ wo.

13 Soan mpanyimfo adi nkwaseasɛm;

Nof*+ mpanyimfo nso, wɔadaadaa wɔn;

Egypt mmusua mu atitiriw ama ɔman no afom kwan.

14 Yehowa ahwie ahoyeraw honhom agu Egypt so;+

Na wɔama Egypt de ne ti repempem wɔ nea ɔyɛ biara mu,

Te sɛ ɔsabofo a ɔretetew hwe ne fe mu.

15 Na Egypt rennya adwuma biara nyɛ,

Eti oo, dua* oo, dua foforo oo, sare tenten* oo, ɛrennya adwuma biara nyɛ.

16 Saa da no, Egypt bɛyɛ sɛ mmea. Ehu bɛma wɔn ho apopo, asafo Yehowa nsa a ɛyɛ hu a ɔbɛma so atia wɔn no nti.+ 17 Na Yuda asaase no bɛma Egypt abɔ hu. Sɛ wɔte Yuda asaase din a, wobesuro esiane gyinae a asafo Yehowa asi wɔ wɔn ho nti.+

18 Saa da no, Egypt nkurow anum bɛka Kaanan kasa+ na wɔaka ntam sɛ wobedi asafo Yehowa nokware. Wɔbɛfrɛ kurow baako sɛ Ɔsɛe Kurow.

19 Ɛda no, wobesi afɔremuka ama Yehowa wɔ Egypt asaase no mfinimfini, na wɔde edum besi ne hye so ama Yehowa. 20 Na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ne adanse ama asafo Yehowa wɔ Egypt asaase so; efisɛ nhyɛsofo no nti, wobesu afrɛ Yehowa na ɔbɛsoma ogyefo kɛse bi ama wabegye wɔn. 21 Yehowa bɛma Egyptfo ahu no, na saa da no, Egyptfo behu Yehowa. Na wɔbɛbɔ afɔre de akyɛde aba, na wɔbɛhyɛ Yehowa bɔ na wɔadi so. 22 Yehowa bɛbɔ Egypt.+ Ɔbɛbɔ no na wasa no yare. Wɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn, na obetie wɔn adesrɛ na wasa wɔn yare.

23 Ɛda no, ɔkwantempɔn+ bi befi Egypt akɔ Asiria. Afei Asiria bɛba Egypt na Egypt akɔ Asiria. Na Egypt ne Asiria bɛbom asom Onyankopɔn. 24 Saa da no, Israel bɛkɔ akɔka Egypt ne Asiria ho,*+ na ɛbɛyɛ nhyira wɔ asaase mfinimfini, 25 efisɛ asafo Yehowa ahyira wɔn aka sɛ: “Nhyira nka me man Egypt, ne me nsa ano adwuma Asiria, ne m’agyapade Israel.”+

20 Afe a Asiria hene Sargon somaa Tartan* kɔɔ Asdod+ no, ɔne Asdod koe, na ɔfaa kurow no.+ 2 Saa bere no, Yehowa nam Amus ba Yesaia+ so kae sɛ: “Kɔ na koyi awerɛhow ntama* no fi w’asen, na worɔw wo nan ase mpaboa.” Ɔyɛɛ saa, na ɔde adagyaw nantewee.* Ná ɔnhyɛ mpaboa.

3 Na Yehowa kae sɛ: “Sɛnea m’akoa Yesaia de adagyaw nantew mfe abiɛsa a wanhyɛ mpaboa na ɔde yɛɛ sɛnkyerɛnne+ ne kɔkɔbɔ maa Egypt+ ne Etiopia+ no, 4 saa ara na Asiria hene de wɔn a wɔakyere wɔn afi Egypt,+ ne Etiopiafo a wɔatu wɔn afi wɔn man mu, mmerante ne nkwakoraa nyinaa bɛkɔ wɔ adagyaw mu. Wɔrenhyɛ mpaboa, na wɔn to ho begu hɔ, na Egypt bɛda adagyaw.* 5 Na wɔbɛbɔ hu na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da no so ne Egypt a wɔde hoahoa wɔn ho no nti.* 6 Saa da no, nnipa a wɔte mpoano asaase yi so bɛka sɛ, ‘Monhwɛ nea ato wɔn a yɛde yɛn ani too wɔn so no, wɔn a yeguan kɔtoaa wɔn sɛ wonnye yɛn mfi Asiria hene nsam no! Afei yɛbɛyɛ dɛn aguan?’”

21 Ɛpo sare* ho atemmusɛm ni:+

Ɛreba te sɛ ahum a etu wɔ anaafo;

Efi sare so, efi asaase a ɛso yɛ hu so.+

 2 Wɔayi anisoadehu bi a ɛyɛ hu akyerɛ me:

Okontomponi redi nkontomposɛm,

Na ɔsɛefo resɛe ade.

O Elam, foro kɔ! O Media,+ kotwa ho hyia!

Mɛma apinisi a ɔde aba nyinaa to atwa.+

 3 Eyi nti me ho tutu me paa.*+

Mete yaw

Te sɛ ɔbea a ɔrewo.

Me ho yeraw me, enti mente asɛm;

M’adwene atu afra, enti minhu hwee.

 4 Me koma bɔ paripari; ehu ama mebɔ birimbirim.

Anwummere hann a m’ani gye ho no adan me ahopopo.

 5 Momfa apon nsisi hɔ na monhyehyɛ nkongua!

Munnidi na monnom!+

Adehye, monsɔre, monsra* ɔkyɛm no!

 6 Na nea Yehowa ka kyerɛɛ me ni:

“Kɔ, fa ɔwɛmfo kogyina baabi ma ɔnwɛn na ɔnka nea obehu.”

 7 Na ohuu ɔko teaseɛnam a apɔnkɔ abien retwe,

Ɔko teaseɛnam a mfurum retwe,

Ɔko teaseɛnam a yoma retwe.

Ogyen n’ani, na ɔhwɛɛ nea ɛrekɔ so no dinn.

 8 Na ɔteɛɛm te sɛ gyata sɛ:

“O Yehowa, migyina ɔwɛn aban* so awia biara,

Na baabi a migyina wɛn no, migyina hɔ anadwo biara.+

 9 Hwɛ nea ɛreba:

Nnipa a wɔtete ɔko teaseɛnam mu a apɔnkɔ abien retwe!”+

Ɛnna ɔteɛɛm kae sɛ:

“Wahwe ase! Babilon ahwe ase!+

Wabubu n’anyame ahoni nyinaa agu fam!”+

10 O me nkurɔfo a wɔaporow wɔn sɛ hwiit,

Nea minya fii m’awiporowbea,*+

Nea mate afi asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn, nkyɛn no, maka akyerɛ mo.

11 Duma* ho atemmusɛm ni:

Obi fi Seir+ reteɛm bisa me sɛ:

“Ɔwɛmfo, da bɛn na ade bɛkye?

Ɔwɛmfo, da bɛn na ade bɛkye?”

12 Ɔwɛmfo no buae sɛ:

“Ade rebɛkye, na ade nso bɛsa.

Sɛ mubebisa a, mummisa.

Monsan mmra!”

13 Asaase pradadaa ho atemmusɛm ni:

Mobɛda asaase pradadaa so kwae mu anadwo,

O Dedan+ akwantufo.*

14 Momfa nsu mmehyia nea osukɔm de no,

Tema+ asaase sofo,

Na momfa aduan mmrɛ nea ɔreguan.

15 Efisɛ wɔaguan afi sekan anim, sekan a wɔatwe anim,

Wɔaguan afi agyan a wɔakuntun mu ne ɔko dennen anim.

16 Na nea Yehowa aka akyerɛ me ni: “Akyɛ koraa ne afe, te sɛ ɔpaani mfe,* Kedar+ anuonyam nyinaa bɛsa. 17 Na Kedar akatakyi mu agyantofo kakraa bi na wɔbɛka, efisɛ Israel Nyankopɔn Yehowa na waka.”

22 Anisoadehu Bon*+ ho atemmusɛm ni:

Dɛn na ayɛ wo a wo nkurɔfo nyinaa aforo kɔ ɔdan atifi yi?

 2 Wo a na dede ayɛ wo ma,

Kurow a na wo mu ayɛ bagyabagya, ahurusi kurow.

Ɛnyɛ sekan ano na wo nkurɔfo totɔe,

Na ɛnyɛ ɔko mu na wowuwui.+

 3 W’atumfo atirimɔdenfo nyinaa abom aguan.+

Ɛnyɛ agyan na wɔde kyeree wɔn sɛ nneduafo.

Wɔn a wohuu wɔn nyinaa, wɔkyeree wɔn sɛ nneduafo,+

Ɛwom sɛ na wɔaguan kɔ akyirikyiri.

 4 Ɛno nti na mekae sɛ: “Munyi mo ani mfi me so,

Na minsu yayaayaw+ no.

Monnhaw mo ho sɛ mobɛkyekye me werɛ,

Me man babea* sɛe no nti.+

 5 Efisɛ ɛyɛ basabasayɛ, nkogu, ne ahopopo da+ a

Awurade Tumfo, asafo Yehowa, de bɛba

Anisoadehu Bon no mu.

Wobubu ɔfasu no,+

Na nnipa su ma edu bepɔw so.

 6 Elam+ afa agyan kotoku;

Ɔde nteaseɛnam a nnipa tete mu ne apɔnkɔ* reba,

Na Kir+ ayi ade a ɛhyɛ ne kyɛm ho.*

 7 Na w’asaasetraa* a eye paa no,

Ɔko nteaseɛnam bɛhyɛ hɔ ma,

Na apɔnkɔ* bɛba abegyinagyina kurow no pon ano,

 8 Na wobeyi Yuda ho nkataho.*

“Saa da no, wode w’ani bɛkyerɛ akode korabea a ɛwɔ Kwaefi+ no, 9 na mubehu sɛ Dawid Kurow no afasu apaapae pii.+ Na mobɛsesaw ɔtare a ɛwɔ ase no mu nsu.+ 10 Mobɛkan adan a ɛwɔ Yerusalem. Na mubebubu adan no de ahyɛ ɔfasu no den. 11 Na mobɛyɛ ahina asi afasu abien no ntam de akora ɔtare dedaw no mu nsu so. Nanso ne Yɛfo Kɛse no de, morenhwehwɛ no, na Onii a ɔyɛɛ no tete no de, morenhu no.

12 Saa da no, Awurade Tumfo, asafo Yehowa,

Bɛfrɛ nnipa ama wɔasu na wɔadi awerɛhow,+

Na wɔabɔ tikwaw afura awerɛhow ntama.*

13 Nanso nea munim ara ne sɛ mubedi ahurusi agye mo ani,

Akunkum anantwi atwitwa nguan mene,

Awe nam, anom nsã.*+

Na moka sɛ, ‘Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.’”+

14 Ɛnna asafo Yehowa yii me asotiw sɛ: “‘Wɔrempata bɔne yi mma mo kosi sɛ mubewu,’+ Awurade Tumfo, asafo Yehowa, na waka.”

15 Nea Awurade Tumfo, asafo Yehowa, aka ni: “Kɔ ofiehwɛfo yi, Sebna,+ a ofi* no hyɛ ne nsa no nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ, 16 ‘Dɛn na worepɛ wɔ ha, na wo ho nipa bɛn na ɔwɔ ha a woatwa ɔboda wɔ ha ama wo ho yi?’ Ɔretwa ne boda wɔ beae a ɛkorɔn; ɔreyɛ ne homebea* wɔ ɔbotan mu. 17 ‘Ɔbarima, hwɛ! Yehowa bɛtow wo ahwe fam birim; ɔbɛyere wo denneennen. 18 Ɔbɛmoa wo denneennen atow wo akyene asaase tɛtrɛɛ so sɛ bɔɔl. Wubewu wɔ hɔ, na ɛhɔ na wo nteaseɛnam a ɛyɛ fɛ bɛka; ɛbɛyɛ animguase ama wo wura fi. 19 Metu wo ade so, na magye wo dibea afi wo nsam.

20 “‘Saa da no, mɛfrɛ m’akoa Eliakim,+ Hilkia ba no. 21 Mede w’ataade tenten no bɛhyɛ no, na mede w’abɔso abɔ no mu denneennen.+ Afei mede wo tumidi* bɛhyɛ ne nsa, na wayɛ Yerusalemfo ne Yuda fi agya. 22 Mede Dawid fi safe+ bɛto n’abati. Sɛ obue a, obiara rentom, na sɛ ɔtom a, obiara remmue. 23 Na mɛbɔ no so sɛ dua a wɔasen ano,* na mede no atim baabi a obiara rentumi ntu, na ɔbɛyɛ sɛ anuonyam agua ama ne papa fi. 24 Na wɔde ne papa fi anuonyam* nyinaa bɛma no,* n’asefo ne ne mma,* anwenne nketewa nyinaa, nyowa, ne nhina akɛse nyinaa.

25 “Asafo Yehowa aka sɛ: ‘Saa da no, dua a wɔasen ano a wɔde atim baabi a obiara rentumi ntu no, wobetu,+ na wɔatwa ato fam, na adesoa a ɛsɛn so no befi so ahwe fam asɛe, efisɛ Yehowa ankasa na waka.’”

23 Tiro ho atemmusɛm ni:+

Tarsis po so ahyɛn,+ muntwa adwo!

Efisɛ wɔasɛe po so hyɛn gyinabea no; obiara rentumi nkɔ hɔ.

Kitim asaase+ so na woyi kyerɛɛ wɔn.

 2 Mo a motete mpoano asaase so, monyɛ dinn.

Sidon+ aguadifo a wotwa po no ama woanya ahonyade bebree.

 3 Sihor*+ hwiit* ne Nil nnɔbae faa nsu bebree so bae;

Ɛno na ɛma onyaa ne ho,

Na ɛmaa aman no nyaa mfaso.+

 4 O Sidon, wo a woyɛ ɛpo abannennen, ma w’ani nwu,

Efisɛ ɛpo aka sɛ:

“Mentee awo mu yaw da, na menwoo da;

Menhwɛɛ mmerante, na mentetee mmabaa.”*+

 5 Sɛ nnipa te Tiro ho asɛm a, wobedi awerɛhow+

Te sɛ bere a wɔtee Egypt ho asɛm no.+

 6 Muntwa mmra Tarsis!

Mo a motete mpoano asaase so, muntwa adwo!

 7 Enti mo kurow a mfiase pɛɛ, kyerɛ sɛ, kan tete no, na edi ahurusi no ni?

Ná ne nan de no kɔ akyirikyiri kɔtena aman foforo so.

 8 Hena na watu agyina yi atia Tiro,

Tiro a osi ahene,

A na n’aguadifo yɛ adehye,

Nea wɔhyɛɛ n’aguadifo anuonyam wɔ asaase so nyinaa no?+

 9 Asafo Yehowa ankasa na atu agyina yi

Sɛ ɔbɛsɛe n’ahantan ne n’ahoɔfɛ nyinaa,

Na wagu wɔn a wɔhyɛɛ wɔn anuonyam wɔ asaase so no nyinaa anim ase.+

10 O Tarsis babea, kyin fa w’asaase so te sɛ Asubɔnten Nil.

Ɛpo so hyɛn gyinabea biara nni hɔ bio.+

11 Wateɛ ne nsa wɔ po so;

Wawosow ahenni ahorow.

Yehowa ahyɛ sɛ wɔnsɛe Foinike abannennen nyinaa.+

12 Na ɔka sɛ: “Sidon babea, ɔbaabun a wɔahyɛ wo so,

Worenni ahurusi bio.+

Sɔre, twa kɔ Kitim.+

Ɛhɔ mpo wo ho rentɔ wo.”

13 Hwɛ Kaldeafo+ asaase no!

Ɛyɛ Kaldeafo na wɔama adan baabi a nkekaboa wɔ,

Na ɛnyɛ Asiriafo.+

Wɔahyehyɛ wɔn akoban;*

Wɔasɛe n’abankɛse,+

Wɔadwiriw no agu pasapasa.

14 Tarsis ahyɛn, muntwa adwo,

Efisɛ wɔasɛe mo abannennen no.+

15 Saa da no, nnipa werɛ befi Tiro mfe 70,+ te sɛ ɔhene baako nkwa nna.* Mfe 70 awiei no, Tiro bɛyɛ sɛ tuutuuni bi ho dwom:

16 “O tuutuuni a nnipa werɛ afi wo, fa sanku kyin kurom.

Bɔ wo sanku no yiye;

To nnwom pii,

Sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛkae wo.”

17 Na mfe 70 awiei no, Yehowa betwa n’ani ahwɛ Tiro, na ɔbɛsan anya n’akatua,* na ɔne wiase ahenni a ɛwowɔ asaase so baabiara bɛbɔ aguaman. 18 Nanso ne mfaso ne n’akatua* bɛyɛ ade kronkron ama Yehowa. Wɔrenkora so, na wɔremfa nsie, efisɛ wɔde n’akatua* bɛma wɔn a wɔte Yehowa anim, na wobedidi amee na wɔahyɛ ntaade a ɛyɛ fɛ.+

24 Hwɛ! Yehowa bɛpra obiara afi asaase no so na wama ada mpan.+

Wadan asaase no ani abutuw+ na wabɔ ɛsofo ahwete.+

 2 Wɔn nyinaa gyinabea bɛyɛ pɛ:

Ɔmanfo ne ɔsɔfo bɛyɛ pɛ,

Akoa ne ne wura bɛyɛ pɛ,

Abaawa ne n’awuraa bɛyɛ pɛ,

Nea ɔretɔ ne nea ɔretɔn bɛyɛ pɛ,

Nea ɔde fɛm ne nea ɔfɛm bɛyɛ pɛ,

Nea ɔbɔ bosea ne nea ogye bosea bɛyɛ pɛ.+

 3 Asaase no bɛda mpan korakora;

Wɔbɛfa so nneɛma nyinaa,+

Efisɛ Yehowa na waka asɛm yi.

 4 Asaase no redi awerɛhow;*+ ɛrehi.

Asaase* no akisa; ɛresa.

Asaase no so atitiriw so atew.

 5 Wɔn a wɔte asaase no so agu ho fĩ,+

Efisɛ wɔakwati mmara no,+

Wɔasesa ahyɛde no,+

Na wɔabu daa* apam no so.+

 6 Ɛno nti na nnome amene asaase no,+

Na wɔn a wɔte so no di fɔ no.

Ɛno nti na asaase no sofo so atew,

Na aka nnipa kakraa bi no.+

 7 Bobesa foforo redi awerɛhow,* bobe akisa,+

Na wɔn a wɔn koma ani agye nyinaa si apini.+

 8 Nnwom dɛdɛ a wɔde mpintin bɔ no aba awiei;

Ahosɛpɛwfo dede to atwa;

Nnwom dɛdɛ a wɔde sanku bɔ no aba awiei.+

 9 Wɔnom nsã,* nanso wɔnto nnwom nka ho,

Na wɔn a wɔnom nsã a ɛbow no, ɛyɛ wɔn nwene.

10 Kurow a ada mpan no, wɔadwiriw agu;+

Wɔato ofi biara mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara ntumi nkɔ mu.

11 Wosu hwehwɛ nsã* wɔ mmɔnten so.

Anigye nyinaa ayera;

Asaase no so ahurusidi atu ayera.+

12 Kurow no adan amamfo;

Wɔabubu ɔpon no pasaa.+

13 Na sɛɛ na ɛbɛyɛ wɔ asaase no so, aman no mu:

Ɛbɛyɛ sɛ nea wɔrewosow ngodua;+

Te sɛ nea wɔatew bobe awie na wɔresesaw ase.+

14 Wɔbɛma wɔn nne so,

Wobedi ahurusi.

Wobefi po so* aka Yehowa kɛseyɛ.+

15 Ɛno nti wɔbɛhyɛ Yehowa anuonyam wɔ hann fibea,*+

Na wɔbɛhyɛ Israel Nyankopɔn Yehowa din anuonyam wɔ po so nsupɔw so.+

16 Yɛte nnwom fi asaase no so akyirikyiri sɛ:

“Anuonyam* nka Ɔtreneeni no!”+

Na meka sɛ: “Merefɔn, merefɔn!

Asɛm ato me! Nkontompofo di nkontomposɛm.

Nkontompofo nam nkontompo so di nkontomposɛm.”+

17 Wo a wote asaase so, ehu ne amoa ne afiri da hɔ retwɛn wo.+

18 Obiara a ɔbɛte nnyigyei a ɛyɛ hu a obeguan no, ɔbɛtɔ amoa mu,

Na obiara a obepue afi amoa mu no, afiri beyi no.+

Efisɛ wobebue ɔsoro mfɛnsere,

Na asaase nnyinaso awosow.

19 Asaase no mu apae;

Wɔawosow asaase no;

Asaase no hinhim denneennen.+

20 Asaase no hinhim sɛ ɔsabofo,

Na ɛkɔ afã-afã te sɛ apata a mframa rebɔ no.

N’amumɔyɛsɛm ayɛ no so duru,+

Na ɛbɛhwe ase a ɛrensɔre bio.

21 Saa da no, Yehowa bebu ɔsoro asraafo atɛn,

Na obebu asaase so ahemfo atɛn wɔ asaase so.

22 Na wɔbɛboaboa wɔn ano

Sɛnea wɔboaboa nneduafo ano gu amoa mu,

Na wɔde wɔn begu afiase ato wɔn mu,

Na nna bebree akyi no, wɔbɛba abɛhwɛ wɔn.

23 Ɔsram a apae anim begu ase,

Na owia a ɛrehyerɛn ani bewu,+

Efisɛ asafo Yehowa abɛyɛ Ɔhene+ wɔ Sion Bepɔw+ so ne Yerusalem,

Obedi tumi anuonyam mu wɔ ne man mpanyimfo* anim.+

25 O Yehowa, wone me Nyankopɔn.

Mema wo so, na miyi wo din ayɛ,

Efisɛ woayɛ anwonwade pii,+

Nneɛma a wobɔɔ wo tirim* wɔ ho fi tete no,+

Ayɛ nokware,+ na aba mu.

 2 Woama kurow bi adan abo* sum hɔ,

Woama kurow dennen adwiriw agu pasapasa,

Ahɔho* aban no nyɛ kurow bio;

Wɔrensan nsi bio da.

 3 Ɛno nti, nnipa a wɔn ho yɛ den bɛhyɛ wo anuonyam;

Amanaman atirimɔdenfo kurow besuro wo.+

 4 Efisɛ woabɛyɛ mmɔborɔwafo abannennen,

Ohiani abannennen wɔ n’ahohia mu,+

Ahum ano guankɔbea,

Ne ɔhyew mu onwini.+

Bere a atirimɔdenfo abufuw* te sɛ ahum a ɛpem ɔfasu,

 5 Te sɛ sare so ɔhyew no,

Wobrɛ ahɔho* dede ase.

Sɛnea omununkum nwini gye ɔhyew no,

Saa ara na woma atirimɔdenfo dwom ano brɛ ase.

 6 Bepɔw yi so+ na asafo Yehowa bɛtow aman nyinaa pon;

Ɔde aduan pa,+

Ɔde nsã pa,*

Ɔde aduan pa a hon fra mu,

Ɔde nsã pa a wɔasɔn so.

 7 Bepɔw yi so na obeyi* nkataho a ɛkata nnipa nyinaa so

Ne ntama* a wɔde akata aman nyinaa so no.

 8 Ɔbɛmene owu* afebɔɔ,+

Na Awurade Tumfo Yehowa bɛpopa obiara anim nisu.+

Obeyi ne man animguase* afi asaase nyinaa so,

Efisɛ Yehowa ankasa na waka.

 9 Saa da no wɔbɛka sɛ:

“Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn ni!+

Yɛde yɛn ani ato no so,+

Na obegye yɛn.+

Yehowa ni!

Yɛde yɛn ani ato no so.

Momma yɛn ani nnye, na yenni ne nkwagye mu ahurusi.”+

10 Efisɛ Yehowa de ne nsa bɛto bepɔw yi so,+

Na wobetiatia Moab so wɔ n’ankasa asaase so+

Te sɛ nwura bebree a wotiatia so wɔ sumina* so.

11 Na ɔbɛtwe ne nsam wɔ so

Te sɛ nea osuguarefo twe ne nsam guare no,

Na ɔbɛdannan ne nsa yiye

De abrɛ n’ahantan ase.+

12 Na kurow dennen ne w’afasu atenten a ɛbɔ wo ho ban no,

Obebubu agu;

Obedwiriw agu fam, mfuturu mu.

26 Ɛda no, wɔbɛto dwom yi+ wɔ Yuda asaase so:+

“Yɛwɔ kurow a ɛyɛ den.+

Ɔde nkwagye ayɛ n’afasu ne n’akoban.*+

 2 Mummue apon no+ mma ɔman trenee no mmra mu,

Ɔman a edi nokware no.

 3 Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so koraa no,* wobɛbɔ wɔn ho ban;

Wobɛma wɔn asomdwoe daa,+

Efisɛ wo na wɔde wɔn ho to wo so.+

 4 Momfa mo ho nto Yehowa so daa,+

Efisɛ Yah* Yehowa ne daa Botan no.+

 5 Wɔn a wɔte baabi a ɛwɔ soro, kurow a ɛkorɔn no mu no, wabrɛ wɔn ase.

Wama ahwe ase,

Wama ahwe fam,

Wama ahwe mfuturu mu.

 6 Nan betiatia so,

Abrɛfo nan, ahiafo anammɔn.”

 7 Ɔtreneeni kwan yɛ tẽẽ.*

Esiane sɛ woteɛ nti,

Wobɛma ɔtreneeni kwan so ada so.

 8 O Yehowa, bere a yɛnam w’atemmu kwan so no,

Yɛn ani da wo so.

Yɛn* ani agyina wo din ne wo nkae.*

 9 Edu anadwo a, me nipadua* nyinaa ani gyina wo,

Na me honhom kɔ so hwehwɛ wo;+

Efisɛ wubu asaase atɛn a,

Asaase sofo sua adetrenee.+

10 Sɛ wɔdom ɔbɔnefo mpo a,

Ɔrensua adetrenee.+

Trenee asaase so mpo, obedi amumɔyɛsɛm,+

Na ɔrenhu Yehowa kɛseyɛ.+

11 O Yehowa, woama wo nsa so, nanso wonhu.+

Wobehu sɛnea wode ahokeka di ma wo man, na wɔn ani bewu.

Yiw, wo gya bɛhyew w’atamfo.

12 O Yehowa, wobɛma yɛn asomdwoe,+

Efisɛ biribiara a yɛayɛ biara,

Wo na woayɛ ama yɛn.

13 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, w’akyi no, atumfo bi nso adi yɛn so,+

Nanso wo nko ara na yɛbɛbɔ wo din.+

14 Wɔawuwu, na wɔrentena ase.

Wɔyɛ awufo a wonni tumi biara; wɔrensɔre.+

Efisɛ wode w’ani asi wɔn so

Sɛ wobɛsɛe wɔn na wɔn din ayera.

15 O Yehowa, woama ɔman no ayɛ kɛse,

Woama ɔman no ayɛ kɛse;

Woahyɛ wo ho anuonyam.+

Woatrɛw asaase no ahye nyinaa mu kɔ akyirikyiri.+

16 O Yehowa, bere a wohuu amane no, wɔdan baa wo nkyɛn;

Bere a woteɛɛ wɔn so no, wɔbɔɔ mpae besebesee wɔn ano.+

17 Sɛnea ɔpemfo a awo aka no

Te awo mu yaw* na ɔteɛteɛ mu no,

Saa ara na wo nti yɛayɛ, O Yehowa.

18 Yenyinsɛnee, yɛtee awo mu yaw,*

Nanso ɛte sɛ nea yɛawo mframa.

Yɛmfaa nkwagye mmaa asaase no so,

Na wɔnwoo obiara sɛ ɔntena asaase no so.

19 “W’awufo benya nkwa.

M’afunu* bɛsɔre.+

Monsɔre na mommɔ ose,

Mo a mote mfuturu mu!+

Wo bosu te sɛ anɔpa bosu,*

Na asaase bɛma awufo a wonni tumi biara no aba nkwa mu.*

20 Me man, monkɔ, monkɔhyɛ mo mpia mu

Na monto mo apon mu wɔ mo akyi.+

Momfa mo ho nsie kakra

Nkosi sɛ abufuhyew no betwam.+

21 Hwɛ! Yehowa fi ne tenabea reba

Abɛma asaase no sofo abu wɔn bɔne ho akontaa,

Na asaase no bɛma ne mogyahwiegu ada adi

Na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”

27 Saa da no, Yehowa de ne sekan kɛse denneennen a edi awu no+

Bɛba Lewiatan* so, ɔwɔ a ne ho yɛ hare no.

Ɔde bɛba Lewiatan so, ɔwɔ a okyinkyim ne ho no,

Na obekum aboa kɛse a ɔwɔ po mu no.

 2 Ɛda no, monto dwom mma no* sɛ:

“Bobefuw* a emu nsã* puw ahuru!+

 3 Me, Yehowa, me na mehwɛ no.+

Migugu no so nsu bere nyinaa.+

Mehwɛ no awia ne anadwo,

Na obi anyɛ no bɔne.+

 4 Abufuw biara nni me mu.+

Hena na ɔde nsɔe ne nwura bɛba m’anim wɔ ɔko mu?

Metiatia so na mede ogya ato ne nyinaa mu.

 5 Gye sɛ oso m’abannennen mu denneennen.

Ma ɔne me mmɛka asomdwoesɛm;

Asomdwoesɛm na ɔne me mmɛka.”

 6 Nna bi bɛba a Yakob begye ntini,

Israel bɛfefɛw agu nhwiren,+

Na wɔde nnɔbae bɛhyɛ asaase no so ma.+

 7 Ɛsɛ sɛ wɔhwe no sɛnea ne hwefo hwee no no anaa?

Ɛsɛ sɛ wokum no sɛnea wokum ne nkurɔfo no anaa?

 8 Sɛ worepam no akɔ a, wobɛteɛm ne no adi asi.

Obehuw mframa dennen apia no akɔ, ɛda a apuei mframa bɛbɔ no.+

 9 Enti saa kwan yi na wɔnam so bɛpata Yakob bɔne,+

Na sɛ woyi ne bɔne kɔ a, aba a ebefi mu aba nyinaa ni:

Ɔbɛma afɔremuka abo no nyinaa

Ayɛ sɛ akado a wɔayam,

Na wɔrennyaw abosonnua* anaa ade biara a wɔde hyew aduhuam.+

10 Efisɛ kurow dennen no bɛda mpan;

Wɔbɛma mmoa adidibea ada hɔ kwa, na wɔagyaw ato hɔ sɛ sare.+

Ɛhɔ na nantwi ba bedidi na wabutuw

Awe ne mmãã.+

11 Sɛ ne nnubaa no wo a,

Mmea bɛba abebubu

Akɔsɔ gya.

Efisɛ ɔman yi nni ntease.+

Ɛno nti wɔn Yɛfo no yam renhyehye no mma wɔn,

Na wɔn Nwemfo no renhu wɔn mmɔbɔ.+

12 Saa da no, Yehowa bɛporow aba no afi Asubɔnten no* ano akosi Egypt Subon+ ano. Na mo Israelfo nso, wɔbɛtase mo mmaako mmaako.+ 13 Ɛda no, wɔbɛbɔ abɛn kɛse bi,+ na wɔn a wɔayera wɔ Asiria asaase so+ ne wɔn a wɔabɔ wɔn apansam Egypt asaase so+ no bɛba abɛkotow Yehowa wɔ bepɔw kronkron no so wɔ Yerusalem.+

28 Due! Efraim asabofo ahenkyɛw* kɛse,*+

N’anuonyam fɛfɛɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren bi a ɛretwintwam

A wɔde abɔ kurow a ɛda asaase pa subon no atifi, baabi a wɔn a nsã* de wɔn ayɛ nkoa no te no!

 2 Hwɛ! Yehowa wɔ ɔhoɔdenfo bi a ɔyɛ ɔkatakyi.

Na ɔbɛtow ato fam ahoɔden so

Te sɛ asukɔtweaa a ɛretɔ a aprannaa nam mu, te sɛ mframa gyampantrudu a ɛsɛe ade,

Te sɛ nsu a ɛretɔ denneennen a aprannaa nam mu a ayiri rebu fa so.

 3 Efraim asabofo ahenkyɛw akɛse* no,

Wobetiatia so.+

 4 Na n’anuonyam fɛfɛɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren a ɛretwintwam

A wɔde abɔ kurow a ɛda asaase pa subon no atifi no,

Ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a edi kan ba ansa na ahohuru bere adu no.

Sɛ obi hu a, ɔtew, na ntɛm ara na wamene.

5 Saa da no, asafo Yehowa bɛyɛ sɛ anuonyam ahenkyɛw ne nhwiren abotiri fɛfɛɛfɛ ama ne manfo a wɔaka no.+ 6 Na ɔbɛyɛ atɛntrenee honhom ama nea ɔtena ase bu atɛn, na wama wɔn a wɔbɔ kurow pon ho ban fi atamfo nsam no ahoɔden.+

 7 Eyinom nso, nsã* ama wɔafom kwan;

Wɔn nsã a ɛbow ama wɔde wɔn ti pempem.

Ɔsɔfo ne odiyifo nso, nsã a ɛbow ama wɔafom kwan;

Nsã* ama wɔn adwene atu afra.

Wɔn nsã a ɛbow ama wɔde wɔn ti pempem;

Wɔn anisoadehu ma wɔfom kwan,

Na wohinhim wɔ atemmu mu.+

 8 Na ɛfe pɔtɔɔ ayɛ wɔn apon so ma;

Baabiara nni hɔ a ebi nni.

 9 Hena na obi bɛkyerɛ no nimdeɛ,

Na hena na obi bɛma wate asɛm no ase?

Wɔn a wotwaa wɔn nufu nkyɛe anaa?

Anaasɛ wɔn a afei ara na wɔatew wɔn afi nufu ano?

10 Na ɛyɛ “mmara-mmara, mmara-mmara,

Susuhama-susuhama, susuhama-susuhama,+

Ɛha kakra, ɛhɔ kakra.”

11 Enti ɔnam wɔn a wɔpo dodow* ne ahɔho kasa so na ɛbɛkasa akyerɛ ɔman yi.+ 12 Bere bi ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahomegyebea ni. Momma nea wabrɛ nhome; ahotɔbea ni,” nanso wɔantie.+ 13 Enti wobebu Yehowa asɛm sɛ:

“Mmara-mmara, mmara-mmara;

Susuhama-susuhama, susuhama-susuhama;+

Ɛha kakra, ɛhɔ kakra,”

Sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔrenantew a,

Wobehintiw na wɔabu ahwe wɔn akyi,

Na wɔabubu wɔn na wɔatɔ afiri mu ama ayi wɔn.+

14 Ɛno nti, muntie Yehowa asɛm, mo a mohoahoa mo ho,

Mo a mudi ɔman yi so wɔ Yerusalem,

15 Na moaka sɛ:

“Yɛne Owu ayɛ apam,+

Na yɛne Ɔdamoa* ayɛ nhyehyɛe.*

Sɛ nsu a ayiri na ɛrebu fa so no retwam a,

Ɛremma yɛn so,

Efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea,

Na yɛde nkontompo ayɛ yɛn hintabea.”+

16 Enti nea Awurade Tumfo, asafo Yehowa, aka ni:

“Mede ɔbo a wɔasɔ ahwɛ+ reto fapem wɔ Sion,

Ntwea so bo a ne bo yɛ den+ a wɔde ato fapem denneennen.+

Na obiara a onya mu gyidi no remmɔ hu.+

17 Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhama+

Na mede trenee ayɛ prumo.*+

Asukɔtweaa bɛpra atoro guankɔbea no akɔ,

Na nsu ayiri afa hintabea no.

18 Apam a mo ne Owu yɛe no begu,

Na nhyehyɛe a mo ne Ɔdamoa* yɛe no rennyina.+

Sɛ nsu a ayiri na ɛrebu fa so no retwam a,

Ebetwiw afa mo so.

19 Bere biara a ebetwam no,

Ɛbɛfa mo akɔ;+

Efisɛ ebetwam anɔpa biara;

Awia ne anadwo nso, ebetwam.

Ehu nko ara na ɛbɛma wɔate nea wɔtee no ase.”*

20 Mpa no yɛ tiaa, enti obi ntumi nteɛ ne nan mu wɔ so,

Na ntama* no sua, enti entumi nkata ne ho nyinaa.

21 Na Yehowa bɛsɔre agyina sɛnea ɔyɛe wɔ Perasim Bepɔw so no;

Ɔbɛwosow ne ho sɛnea ɔyɛe wɔ Gibeon bon mu* no,+

Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ n’ade, n’anwonwade no,

Na wadi ne dwuma, n’anwonwadwuma no.+

22 Enti munnni fɛw,+

Na wɔansan ammia mo hama no mu,

Efisɛ mate afi Awurade Tumfo, asafo Yehowa hɔ sɛ,

Wasi gyinae sɛ ɔbɛsɛe asaase no nyinaa pasaa.+

23 Monyɛ aso na muntie me;

Monyɛ komm na muntie nea mɛka.

24 Okuafo funtum asaase da mu nyinaa ansa na wagu aba anaa?

Ofuntum asaase siesie so daa anaa?+

25 Sɛ osiesie asaase no ani wie a,

Ɔpete pɛprɛ wɔ so na odua nketenkete* wɔ so, ɛnte saa?

Odua hwiit ne awi* ne baali* wɔ baabi a wɔatwa ato hɔ, ɛnte saa?

Na odua kɔkɔte*+ wɔ ne hye so, ɛnte saa?

26 Ɔkyerɛ no ɔkwampa;*

Ne Nyankopɔn kyerɛkyerɛ no.+

27 Ɛnyɛ awiporow ade+ na wɔde porow pɛprɛ,

Na ɛnyɛ teaseɛnam nan na wɔde fa nketenkete* so.

Mmom abaa na wɔde boro pɛprɛ,

Na poma na wɔde boro nketenkete.

28 Sɛ obi reboro hwiit* a ɔde bɛyɛ paanoo a, ɔboro ma ɛyɛ muhumuhu anaa?

Daabi, ɔmmoro no afebɔɔ;+

Na sɛ ɔde ne teaseɛnam a n’apɔnkɔ twe fa so a,

Ɔmmoro mma ɛnyɛ muhumuhu.+

29 Eyi nso fi asafo Yehowa hɔ,

Nea n’agyinatu* yɛ nwonwa,

Na ne nnwuma yɛ akɛse no.*+

29 “Due Ariel,* Ariel, kurow a Dawid tenaa mu!+

Munni no afe biara;

Munni mo afahyɛ nyinaa nhyia.+

 2 Nanso mɛma Ariel ho ayeraw no,+

Na wobesu atwa adwo,+

Na ɔbɛyɛ m’ani so te sɛ Onyankopɔn afɔremuka.+

 3 Metwa wo ho nyinaa* ahyia,

Na mede nnua a ano yɛ mfeamfeaa bɛka wo ahyem

Na masi akoban* afa wo ho nyinaa.+

 4 Wobɛhwe ase;

Wobɛkasa afi fam hɔ,

Na mfuturu nti, obiara rente nea wobɛka.

Wo nne befi fam aba+

Te sɛ ɔdebisafo nne,

Na wo kasa befi mfuturu mu aba te sɛ anomaa su.

 5 W’atamfo dodow* bɛyɛ sɛ mfuturu,+

Na atirimɔdenfo dɔm ayɛ sɛ ntɛtɛwa a ɛrehuw kɔ.+

Na ɛbɛba mpofirim,

prɛko pɛ.+

 6 Asafo Yehowa bɛba abɛhwɛ wo;

Ɔde aprannaa ne asaasewosow ne mmobom,

Ɔde ahum ne mframa gyampantrudu ne ogyaframa.”+

 7 Afei aman a wɔne Ariel reko nyinaa mu nnipadɔm,+

Kyerɛ sɛ, wɔn a wɔne no reko nyinaa,

Akoban a wɔasi atwa ne ho ahyia,

Ne wɔn a wɔama ne ho ayeraw no nyinaa,

Ɛbɛyɛ sɛ dae, anadwo anisoadehu bi.

 8 Ɛbɛyɛ sɛ obi a ɔkɔm de no a waso dae sɛ ɔredidi,

Nanso ɔbɛsɔre no na ɔkɔm da so ara de no.*

Anaa obi a osukɔm de no a waso dae sɛ ɔrenom nsu,

Nanso ɔbɛsɔre no na wabrɛ, na na osukɔm da so ara de no.*

Saa ara na ɛbɛto amanaman mu nnipadɔm

A wɔne Sion Bepɔw bɛko no nyinaa.+

 9 Montɛɛ mo anom na mo ho nnwiriw mo;+

Monka mo ani mfomfam so na mo ani mfura.+

Wɔabobow, nanso ɛnyɛ nsã* ntia;

Wɔkɔ afã-afã, nanso ɛnyɛ nsã a ɛbow ntia.

10 Yehowa ahwie honhom a ɛma wɔda hatee agu mo so;*+

Wakata mo ani, mo a moyɛ adiyifo no;+

Na wakata mo ti, mo a moyɛ adehufo no.+

11 Anisoadehu biara bɛyɛ mo sɛ nhoma a wɔatare ano mu nsɛm.+ Sɛ wɔde ma obi a onim akenkan, na wɔka kyerɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw kenkan eyi den a,” ɔbɛka sɛ: “Merentumi, efisɛ wɔatare ano.” 12 Na sɛ wɔde nhoma no ma obi a onnim akenkan, na wɔka kyerɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw kenkan eyi a,” ɔbɛka sɛ: “Minnim akenkan koraa.”

13 Yehowa ka sɛ: “Ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me,

Na wɔde wɔn ano na edi me ni,+

Na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri;

Wogyina nnipa ahyɛde a wɔakyerɛ wɔn so na esuro me.+

14 Enti, me ne ɔman yi bedi anwonwasɛm bio,+

Ɛbɛyɛ wɔn nwonwa asan ayɛ wɔn nwonwa;

Na wɔn anyansafo nyansa bɛsɛe,

Na wɔn mmadwemma ntease betu ayera.”+

15 Wɔn a wɔde wɔn nhyehyɛe* sie Yehowa fee no nnue.+

Wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum mu,

Na wɔka sɛ: “Hena na ohu yɛn?

Hena na onim nea yɛreyɛ?”+

16 Mo a musi nneɛma ti ase!*

Ɛsɛ sɛ wobu ɔnwemfo ne dɔte nyinaa pɛ anaa?+

Ɛsɛ sɛ ade a wɔayɛ ka fa ne yɛfo ho sɛ:

“Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me”?+

Na anwenne betumi aka ne nwemfo ho asɛm sɛ:

“Onnim hwee” anaa?+

17 Aka kakraa bi, na Lebanon adan turo,+

Na wobebu turo no sɛ kwae.+

18 Saa da no, wɔn a wɔn aso asiw bɛte nhoma no mu nsɛm,

Na anifuraefo befi kusuuyɛ ne sum mu ahu ade.+

19 Ahobrɛasefo bedi ahurusi pii wɔ Yehowa mu,

Na nnipa mu ahiafo begye wɔn ani wɔ Israel Kronkronni no mu.+

20 Efisɛ otirimɔdenfo befi hɔ,

Nea ɔhoahoa ne ho awiei bɛba,

Na wɔbɛsɛe wɔn a wɔrepɛ bɔne adi nyinaa,+

21 Wɔn a wɔnam nkontompo so ma afoforo di fɔ,

Wɔn a wosum nea ɔhwɛ ma atɛntrenee yɛ adwuma* wɔ kurow pon ano no afiri,+

Na wɔnam akyinnyehunu so ma wobu ɔtreneeni atɛnkyea.+

22 Enti nea Yehowa a ogyee Abraham+ no aka akyerɛ Yakob fi ni:

“Yakob ani renwu bio,

Na n’anim nso renyɛ bosaa* bio.+

23 Sɛ ohu sɛ ne mma

A wɔyɛ me nsa ano adwuma no wɔ ne mfinimfini a,+

Wɔbɛtew me din ho,

Yiw, wɔbɛtew Yakob Kronkronni no din ho,

Na wobesuro Israel Nyankopɔn.+

24 Wɔn a wɔn adwene akyea no benya ntease,

Na wɔn a wonwiinwii no betie akwankyerɛ.”

30 Yehowa asɛm ni: “Munnue, mma atuatewfo,+

Wɔn a nhyehyɛe* a wodi akyi no mfi me,+

Wɔn a wɔyɛ apam,* nanso me honhom mpene so,

Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɔne bɛka bɔne ho.

 2 Wosian kɔ Egypt+ bere a wommisaa me,*+

Sɛ wɔrekɔpɛ ahobammɔ wɔ Farao nkyɛn*

Na wɔakohintaw Egypt nwini ase!

 3 Nanso Farao ahobammɔ bɛma mo ani awu,

Na Egypt nwini ase a mobɛkɔ akohintaw no bɛdan mo animguase.+

 4 Na ne mpanyimfo wɔ Soan,+

Na n’ananmusifo* adu Hane.

 5 Obiara ani bewu,

Efisɛ ɔman no ho remma wɔn mfaso.

Wɔrentumi mmoa wɔn na wɔrennya wɔn so mfaso biara;

Aniwu ne animguase nko ara na wɔde begyaw wɔn.”+

6 Atemmusɛm a etia anaafo fam mmoa ni:

Wɔfa ahoyeraw ne ahokyere asaase so,

Baabi a gyata wɔ, gyata a ɔrebobom,

Baabi a ahurutoa* ne ɔwɔ a ɔtow ne ho a n’ano yɛ ogya* wɔ no.

Wɔde wɔn ahode gu afurum akyi,

Na wɔde wɔn nneɛma gu yoma akyi apɔwapɔw so.

Nanso saa nneɛma yi remma nnipa no nnya mfaso biara.

 7 Efisɛ nea Egyptfo yɛ de boa no, mfaso biara nni so.+

Enti mafrɛ no: “Rahab,+ nea ɔte hɔ dinn.”

 8 “Afei kɔ na kɔkyerɛw gu ɔpon so wɔ wɔn anim,

Na kyerɛw wɔ nhoma mu sɛnea ɛrempopa,+

Na atena hɔ akosi daakye,

Na ayɛ adanse afebɔɔ.+

 9 Efisɛ wɔyɛ ɔman atuatewfo,+ mma a wonni nokware,+

Mma a wɔmpɛ sɛ wotie Yehowa mmara.*+

10 Wɔka kyerɛ adehufo sɛ, ‘Munnhu ade,’

Na wɔka kyerɛ adiyifo sɛ, ‘Monnka anisoadehu a ɛyɛ nokware nnkyerɛ yɛn.+

Monka adɔkɔdɔkɔsɛm nkyerɛ yɛn; munnya anisoadehu a ɛyɛ nnaadaa.+

11 Mumfi ɔkwan no so; momman mfi kwan no so.

Munyi Israel Kronkronni no mfi yɛn ani so.’”+

12 Enti nea Israel Kronkronni no aka ni:

“Esiane sɛ moapo asɛm yi,+

Na mode mo ho ato asisisɛm ne nkontomposɛm so

Na mode mo ani ato eyinom so+ nti,

13 Mo bɔne nti, mote sɛ ɔfasu a apae,

Te sɛ ɔfasu tenten a akyea.

Ebebu agu mpofirim, prɛko pɛ.

14 Wobebubu no te sɛ ɔnwemfo ahina kɛse;

Ebebubu pasaa ama nea abubu no mu sin bi mpo renka

Na wɔde ayi ogya afi muka mu,

Anaa wɔde asaw nsu afi nsu a ɛtaa hɔ* mu.”

15 Nea Awurade Tumfo Yehowa, Israel Kronkronni no aka ni:

“Sɛ mosan ba me nkyɛn na moyɛ komm a, mubenya nkwa.

Na sɛ mode mo ho to me so na mo koma antu a, mubenya ahoɔden.”+

Nanso moampene.+

16 Mmom mokae sɛ: “Daabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so aguan!”

Ɛno nti mubeguan nso.

“Apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare

so na yɛbɛtena!”+

Enti wɔn a wotiw mo no

ho bɛyɛ hare.+

17 Onipa baako behunahuna nnipa apem ama wɔn ho apopo;+

Na baanum behunahuna mo ama moaguan

Kosi sɛ mo a mobɛka no bɛyɛ sɛ frankaa bi a esi bepɔw so,

Te sɛ ahyɛnsode bi a esi koko so.+

18 Nanso Yehowa de abotare retwɛn sɛ ɔbɛdom mo,+

Na ɔbɛma ne ho so ahu mo mmɔbɔ.+

Efisɛ Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn.+

Anigye ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.*+

19 Sɛ ɔman no bɛtena Sion, kyerɛ sɛ, Yerusalem+ a, worensu bio.+ Wunya ma wo nne so su frɛ no a, sɛnea ɛte biara ɔbɛdom wo; ɔte ara pɛ, obegye wo so.+ 20 Ɛwom, Yehowa de ahoyeraw bɛyɛ aduan ama wo na ɔde nhyɛso ayɛ nsu ama wo.+ Nanso wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no renhintaw bio, na wode w’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini+ no. 21 Sɛ woman fa nifa oo, woman fa benkum oo,+ w’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɔkwan no ni.+ Fa so.”

22 Na dwetɛ a wode akata w’ahoni ho ne sika kɔkɔɔ a wode adura wo dade ahoni* ho no, wubegu ho fĩ.+ Wobɛtow agu te sɛ ntama a ɔbea yɛ bra a ɔde siesie ne ho,* na wobɛka akyerɛ no sɛ, “Fi ha kɔ!”*+ 23 Na ɔbɛma osu atɔ agu w’aba a woadua wɔ asaase mu no so,+ na aduan a w’asaase bɛbɔ no bɛdɔɔso na ɛbɛmee wo.*+ Saa da no, wo mmoa benya asaase tɛtrɛɛ adidi so.+ 24 Na anantwi ne mfurum a wɔdɔw asaase no bedi nnuan pa a wɔakeka afra a wɔde sofi ne nkorata ahuw so. 25 Na nsubɔnten ne nsuka bɛba bepɔw tenten ne koko a ɛkorɔn biara so,+ ɛda a wobekunkum nnipa asam hɔ a abantenten bedwiriw agu no. 26 Na ɔsram hann bɛyɛ te sɛ owia hann; na owia hann bɛyɛ mmɔho ason+ te sɛ nnanson hann, ɛda a Yehowa bɛkyekyere ne man a abubu,+ na wasa kuru kɛse a onyae bere a ɔbɔɔ no no.+

27 Hwɛ! Yehowa din fi akyirikyiri reba;

Ɛde n’abufuhyew ne omununkum a emu yɛ duru reba.

Abufuw ayɛ n’anom ma,

Na ne tɛkrɛma te sɛ ogya a ɛhyew ade.+

28 Ne honhom* te sɛ asubɔnten a eyiri du kɔn mu pɛɛ,

Na ɔbɛwosow amanaman no wɔ ɔsɛe sɔnee* mu,

Na ɔde nnareka bɛhyɛ nkurɔfo no afonom+ ama wɔafom kwan.

29 Na mo dwom bɛyɛ sɛ dwom a wɔto no anadwo

Bere a moresiesie* mo ho adi afahyɛ no.+

Na mo ani begye mo koma mu

Te sɛ obi a ɔde atɛntɛbɛn

Rekɔ Yehowa bepɔw so, Israel Botan no+ nkyɛn.

30 Yehowa bɛma nnipa ate n’anuonyam nne+ no,

Na wama wɔahu n’abasa+ a ɛresian wɔ n’abufuhyew mu,+

Wɔ ogya a ɛhyew ade+

Ne osubran+ ne ahum ne asukɔtweaa+ mu no.

31 Na Yehowa nne no nti, Asiria koma betu;+

Ɔde abaa bɛhwe no.+

32 Na bere biara a

Yehowa de asotwe abaa betwa Asiria no,

Wɔbɛbɔ mpintin ne asanku,+

Bere a ɔrehim ne nsa atia wɔn ɔko mu no.+

33 Wɔasiesie ne Tofet*+ ato hɔ dedaw;

Wɔasiesie ama ɔhene no nso.+

Wama baabi a ɔde anyina gu no mu ayɛ tenten, na atrɛw,

Ogya ne anyina bebree wɔ hɔ.

Yehowa ahome a ɛte sɛ sɔfe* asubɔnten no

De ogya bɛto mu.

31 Wonnue, wɔn a wɔkɔ Egypt kɔpɛ mmoa,+

Na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,+

Na wɔde wɔn werɛ hyɛ ɔko nteaseɛnam mu esiane sɛ ɛdɔɔso nti,

Na wɔde wɔn werɛ hyɛ apɔnkɔ a wɔde kɔ ɔko* mu esiane sɛ wɔn ho yɛ den nti.

Nanso Israel Kronkronni no de, wɔmfa wɔn ho nto no so,

Na wɔnhwehwɛ Yehowa akyi kwan.

 2 Nanso onim nyansa, na ɔde amanehunu bɛba,

Na nea waka no, ɔrentwe nsan.

Ɔbɛsɔre atia nnebɔneyɛfo fi

Ne wɔn a wɔboa abɔnefo.+

 3 Egyptfo yɛ nnipa kɛkɛ; wɔnyɛ Onyankopɔn.

Wɔn apɔnkɔ yɛ honam, na ɛnyɛ honhom.+

Sɛ Yehowa teɛ ne nsa a,

Ɔboafo biara bɛwatiriw,

Na obiara a wɔaboa no no bɛhwe ase;

Wɔn nyinaa bɛbom asɛe.

 4 Na nea Yehowa aka akyerɛ me ni:

“Sɛ gyata, gyata* a ne ho yɛ den kyere aboa a, ɔbobom.

Na sɛ wɔfrɛfrɛ nguanhwɛfo pii sɛ wɔmmɛpam no a,

Wɔn nteɛteɛm mmɔ no hu,

Na wɔn dede nhunahuna no.

Saa ara na asafo Yehowa bɛba abɛko

Ama Sion Bepɔw ne ne koko no.

 5 Sɛnea nnomaa tow hoo no, saa ara na Asafo Yehowa bɛko ama Yerusalem.+

Ɔbɛko ama no, na wagye no nkwa.

Ɔde ne ho bɛkyɛ no, na wagye no.”

6 “O Israelfo, monsan mmra Nea mohyɛɛ da sɔre tiaa no no nkyɛn.+ 7 Efisɛ saa da no, dwetɛ anyamehunu ne sika kɔkɔɔ anyame a mfaso nni so a mode mo nsa ayɛ ama moayɛ bɔne no, obiara bɛtow ne de agu.

 8 Na Asiriani no bɛtɔ sekan ano, nanso ɛnyɛ onipa de;

Na sekan a ɛnyɛ onipa de na ɛbɛsɛe no.+

Sekan no nti, obeguan,

Na wɔde ne mmerante bɛyɛ nkoadwuma.

 9 Ehu nti, ne botan betwam akɔ,

Na ahyɛnsode no nti, ne mpanyimfo koma betu.”

Yehowa a ne hann* wɔ Sion, a ne fononoo wɔ Yerusalem no asɛm ni.

32 Hwɛ! Ɔhene+ bi bedi ade trenee mu,+

Na abirɛmpɔn nso bedi tumi atɛntrenee mu.

 2 Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea,

Ne ahum ano guankɔbea,

Asaase a ɛso awo so nsuten,+

Ne asaase wosee so botan kɛse onwini.

 3 Na wɔn a wohu ade no, wɔrenka wɔn ani mfomfam so bio,

Na wɔn a wɔte asɛm no bɛwɛn wɔn aso.

 4 Wɔn a wɔn ho pere wɔn no koma bedwinnwen nimdeɛ ho,

Na wɔn a wɔpo dodow no tɛkrɛma bɛkasa yɔɔ ama emu ada hɔ.+

 5 Wɔremfrɛ ogyimifo sɛ ɔyamyefo bio,

Na nea ɔnka mmara no, wɔremfrɛ no otitiriw;

 6 Efisɛ ogyimifo bɛka agyimisɛm,

Na ne koma besusuw bɔne,+

Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma nkurɔfo atwe wɔn ho afi Yehowa ho* na wɔaka Ne ho nsɛmmɔne,

Na wama nea ɔkɔm de no* yafunu ada mpan,

Na wama nsu abɔ nea osukɔm de no.

 7 Na obi a ɔnka mmara de, n’akwan* yɛ bɔne;+

Ɔma nkurɔfo yɛ aniwude,

Na ɔde atosɛm sɛe mmɔborɔwafo,+

Bere a ohiani ka nokware mpo.

 8 Nanso ɔyamyefo de, odwen ayamye,

Na ayamye* mu ara na obegyina.

 9 “Mmea a mo ho atɔ mo, monsɔre na muntie me!

Mma mmea a hwee mfa mo ho,+ monyɛ aso mma m’asɛm!

10 Akyɛ koraa afe ne nna kakra, mo a hwee mfa mo ho no, mo ho bɛpopo,

Efisɛ bere a wɔde tetew bobe bɛba awiei no, na mommoaa hwee ano.+

11 Mmea a mo ho atɔ mo, ehu nka mo!

Mo a hwee mfa mo ho, mo ho mpopo!

Munyi mo ho nyinaa,

Na momfa awerɛhow ntama* nsi mo asen.+

12 Momfa mo nsa mmobɔ mo koko ntwa adwo,

Mo mfuw fɛfɛɛfɛ ne mo bobe a ɛsow aba ho.

13 Efisɛ nsɔe ne nwura begye me man asaase afa;

Ebegye anigye afi nyinaa

Ne ahurusi kurow no afa.+

14 Efisɛ wɔagyaw abankɛse no ato hɔ;

Wɔagyaw kurow a dede wom no ato hɔ.+

Ofel+ ne ɔwɛn aban* adan sare daa,

Na sare so mfurum bedi hɔ agoru,

Na nguan adidi hɔ,+

15 Kosi sɛ wobehwie honhom afi soro agu yɛn so,+

Na sare no adan turo,

Na wɔabu turo no sɛ kwae.+

16 Afei atɛntrenee bɛtena sare no so,

Na trenee atena turo no mu.+

17 Nokware trenee de asomdwoe bɛba,+

Na aba a nokware trenee bɛsow bɛyɛ kommyɛ ne ahotɔ akosi daa.+

18 Me manfo bɛtena asomdwoe tenabea,

Ahotɔ fi, ne kommyɛ ahomegyebea.+

19 Nanso asukɔtweaa bɛsɛe kwae no,

Na wɔbɛbrɛ kurow no ase korakora.

20 Anigye ne mo a mugu aba wɔ nsu nyinaa ho,

Na mugyaa nantwi ne afurum ma wɔnantenantew.”+

33 Due! Ɔsɛefo a wɔnsɛee wo;+

Wo a wutwa nkontompo a wontwaa wo nkontompo!

Sɛ wosɛe ade wie a, wo nso wɔbɛsɛe wo.+

Sɛ wutwa nkontompo wie a, wo nso wobetwa wo nkontompo.

 2 O Yehowa, dom yɛn.+

Yɛn ani da wo so.

Bɛyɛ yɛn basa*+ anɔpa biara,

Bɛyɛ yɛn nkwagye wɔ amanehunu bere mu.+

 3 Wobobom a, aman guan,

Wosɔre gyina a, amanaman hwete.+

 4 Sɛnea mmebɛw boaboa wɔn ho ano no, saa ara na wɔbɛboaboa w’asade ano;

Nnipa betu agu so te sɛ ntutummɛ.

 5 Wɔbɛma Yehowa so,

Efisɛ ɔte soro tɔnn.

Ɔde atɛntrenee ne trenee bɛhyɛ Sion ma.

 6 Ɔno na ɔma w’abrabɔ* si yiye.

Nkwagye+ ne nyansa ne nimdeɛ mmoroso, ne Yehowa suro;+

Eyi ne n’agyapade.

 7 Hwɛ! Wɔn akatakyi su wɔ mmɔnten so;

Asomdwoe abɔfo su yayaayaw.

 8 Akwantempɔn ada mpan;

Obiara nni hɔ a ɔfa akwan no so.

Wabu apam no so;*

Wapo nkurow no;

Ommu onipa dasani biara.+

 9 Asaase no redi awerɛhow,* na abotow.

Lebanon ani awu;*+ aporɔw.

Saron ayɛ sɛ anwea pradadaa,

Na Basan ne Karmel nhaban apo.+

10 Yehowa se: “Afei mɛsɔre,

Afei mɛhyɛ me ho anuonyam;+

Afei mɛyɛ me ho kɛse.

11 Munyinsɛn sare a aguan, na mowo wura.

Mo ara mo honhom bɛhyew mo te sɛ ogya.+

12 Nnipa bɛyɛ sɛ akado a wɔahyew,

Na wɔde ogya bɛto mu+ te sɛ nsɔe a wɔatwa agu fam.

13 Mo a mowɔ akyirikyiri, muntie nea mɛyɛ!

Mo a mobɛn, munnye m’ahoɔden ntom!

14 Abɔnefo a wɔwɔ Sion abɔ hu;+

Awaefo ho popo biribiri:

‘Yɛn mu hena na obetumi atena baabi a ogyaframa kɛse wɔ?+

Yɛn mu hena na obetumi ne ogya a ɛredɛw daa atena?’

15 Nea ɔnantew trenee kwan so daa,+

Na ɔka nea ɛteɛ,+

Nea okyi nsisi ne apoobɔ sika,

Nea ne nsa kyi adanmude* na onso mu,+

Nea osisiw n’aso na ante mogyahwiegu ho asɛm,

Na ɔkata n’ani na anhu bɔne.

16 Ɔno na ɔbɛtena mmepɔw so wɔ sorosoro;

Ne guankɔbea a ɛyɛ den* bɛyɛ ɔbotan aban a ɛhɔ kɔ yɛ den.

Wɔde n’aduan bɛma no,

Na ne nsu rensa da.”+

17 W’ani behu ɔhene bi wɔ n’anuonyam mu;

Ebehu asaase bi wɔ akyirikyiri.

18 Wobɛkae ade a ɛyɛ hu no wɔ wo koma mu:*

“Ɔkyerɛwfo no wɔ he?

Nea ɔkari tow no wɔ he?+

Nea ɔkan abantenten no wɔ he?”

19 Worenhu ahantanfo bio,

Ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wonte,

Ɔman a wɔka ahɔho kasa a wonte ase.+

20 Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kurow no!+

W’ani behu Yerusalem, tenabea a ɛhɔ yɛ komm,

Ntamadan a obiara rentu no.+

Nnua a wɔde abobom atim fam no, wɔrentutu da,

Na ne hama biara mu rentew.

21 Na Yehowa, Otumfo no,

Bɛbɔ yɛn ho ban wɔ hɔ te sɛ baabi a nsubɔnten ne nsuka akɛse wɔ.

Hyɛn a wɔde kɔ ɔko biara remfa mu,

Na ahyɛn akɛse biara rentwam wɔ hɔ.

22 Efisɛ Yehowa ne yɛn Temmufo,+

Yehowa ne yɛn Mmarahyɛfo,+

Yehowa ne yɛn Hene;+

Ɔno na obegye yɛn nkwa.+

23 Wo nhama mu begow;

Ɛrentumi nsuso hyɛn dua no mu denneennen; na ɛrentumi ntrɛw hyɛn ntama mu.

Saa bere no, wobenya atamfo nneɛma pii akyɛ afa;

Apakye mpo bɛfom nneɛma bebree.+

24 Na ɔmanfo no mu biara renka sɛ: “Meyare.”+

Wɔde nnipa a wɔte asaase no so bɔne bɛkyɛ wɔn.+

34 Aman, mommra mmetie;

Amanaman, monyɛ aso.

Ma asaase ne ɛso nneɛma nyinaa ntie,

Wiase ne nea ɛwom nyinaa.

 2 Efisɛ Yehowa bo afuw aman nyinaa,+

Na ne bo afuw wɔn asraafodɔm nyinaa.+

Ɔbɛsɛe wɔn;

Ɔbɛma wɔakum wɔn.+

 3 Wɔn nkurɔfo a wɔakunkum wɔn no, wɔbɛtow wɔn agu,

Na wɔn afunu bɛbɔn kankaankan;+

Na wɔn mogya bɛhono mmepɔw.*+

 4 Ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔw,

Na wɔbɛbobɔw ɔsoro sɛ nhoma mmobɔwee.

Wɔn asafo nyinaa bɛtetew agu,

Sɛnea bobe so ahaban a awo tetew gu

Na borɔdɔma a atwintwam tetew gu no.

 5 “Me sekan ano bɛfɔw wɔ ɔsoro.+

Ebesian aba Edom so abebu no atɛn,+

Ɛbɛba nnipa a mabu wɔn atɛn sɛ mɛsɛe wɔn no so.

 6 Yehowa wɔ sekan bi; mogya bɛyɛ ho nyinaa.

Srade bɛyɛ ho nyinaa,+

Adwennini nkumaa mogya ne mpɔnkye mogya bɛyɛ ho nyinaa,

Adwennini asaabo ho srade bɛyɛ ho nyinaa.

Yehowa wɔ afɔre bi bɔ wɔ Bosra;

Ɔwɔ okunkɛse wɔ Edom asaase so.+

 7 Na ɛkoɔ* ne wɔn besian akɔ,

Anantwinini nkumaa ne wɔn a wɔn ho yɛ den nyinaa.

Mogya bɛfɔw wɔn asaase,

Na srade afɔw wɔn dɔte twɔnn.”

 8 Yehowa wɔ da a ɔde betua n’atamfo ka,*+

Asotwe afe a obedi ama Sion.+

 9 Ne* nsuten bɛdan kootaa,

Na ne dɔte adan sɔfe*

Na n’asaase bɛyɛ sɛ kootaa a ɛrehyew.

10 Anadwo oo, anɔpa oo, ɛrennum;

Na ne wusiw bɛkɔ soro daa daa.

Kurow no bɛkɔ so ayɛ amamfo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu,

Na obiara rentwam wɔ hɔ bio da.+

11 Na nsu so dabodabo ne kɔtɔkɔ begye hɔ afa,

Na patu asotenten ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ.

Na ɔde ɔsɛe susuhama

Ne amamfoyɛ prumo* bɛto so.

12 N’adehye no mu biara nni hɔ a wɔde no bedi hene,

Na n’abirɛmpɔn nyinaa bɛyera koraa.

13 Nsɔe befifi n’abantenten so,

Na nsasono ne kokora afifi n’abannennen mu.

Ɔbɛyɛ sakraman fi,+

Ne nsohori tenabea.

14 Ɛhɔ na sare so mmoa ne mmoa a wosu te sɛ kraman behyia,

Na wuram apɔnkye* besu afrɛ ne yɔnko.

Yiw, anadwo anomaa* bɛba abedwudwo ne ho na ɔde hɔ ayɛ n’ahomegyebea.

15 Ɛhɔ na ɔkyereben bɛyɛ ne buw na watow ne nkosua,

Na ɛhɔ na obesow na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwini ase.

Yiw, ɛhɔ na asansa bɛboaboa wɔn ano, obiara ne ne hokafo.

16 Monhwehwɛ Yehowa nhoma mu na monkenkan no den:

Baako mpo renyera;

Obiara benya ɔhokafo,

Efisɛ ahyɛde no fi Yehowa anom,

Na ne honhom na aboa wɔn ano.

17 Ɔno na wabɔ ntonto ama wɔn,

Na n’ankasa nsa na asusuw wɔn kyɛfa ama wɔn.*

Ɛbɛyɛ wɔn agyapade afebɔɔ,

Na wɔbɛtena so awo ntoatoaso nyinaa mu.

35 Asaase pradadaa ne asaase a ɛso awo ani begye,+

Na anweatam bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.+

 2 Sɛnea ɛte biara, ebegu nhwiren;+

Ɛbɛbɔ ose na adi ahurusi.

Wɔde Lebanon anuonyam bɛma no,+

Ɛne Karmel+ ne Saron+ ahoɔfɛ.

Wobehu Yehowa anuonyam, yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ.

 3 Nsa a emu agow no, monhyɛ no den;

Nkotodwe a ahodwow no, mummia mu.+

 4 Wɔn a wɔn koma atu no, monka nkyerɛ wɔn sɛ:

“Monhyɛ mo ho den. Munnsuro.

Hwɛ! Mo Nyankopɔn de aweredi bɛba,

Onyankopɔn bɛba abetua mo atamfo ka.+

Ɔbɛba abegye mo.”+

 5 Saa bere no, anifuraefo ani bebue,+

Na wɔn a wɔn aso asiw aso ate asɛm.+

 6 Saa bere no, apakye behuruw sɛ ɔwansan,+

Na mum tɛkrɛma de anigye abɔ ose.+

Nsu betue sare so,

Na nsubɔnten asen asaase pradadaa so.

 7 Na asaase a ɛso awo bɛdan ɔtare,*

Na asaase a akyen ayɛ nsuwansuwa.+

Baabi a na ɛyɛ sakraman ahomegyebea no,+

Sare momono, demmire,*

ne mmɛw* befifi wɔ hɔ.

 8 Na ɔkwantempɔn bi bɛda hɔ.+

Saa kwan no, wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron.

Nea ne ho ntew remfa so.+

Wɔn a wɔfata sɛ wɔfa kwan no so na wɔbɛfa so,

Na kwasea biara remfom mmɛfa so.

 9 Gyata biara remma hɔ,

Na wuram mmoa a wɔn ho yɛ hu biara remfa so.

Wɔrenhu bi wɔ hɔ;+

Wɔn a wɔatɔ wɔn afi nkoasom mu no nko ara na wɔbɛfa so.+

10 Wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion.+

Wobenya anigye a enni awiei.+

Wobedi ahurusi na wɔasɛpɛw wɔn ho,

Na awerɛhow ne apinisi aguan.+

36 Ɔhene Hesekia ahenni afe a ɛto so 14 mu no, Asiria hene Senaherib+ foro bae bɛtow hyɛɛ Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban nyinaa so, na ɔfae.+ 2 Ɛnna Asiria hene somaa Rabsake*+ fii Lakis+ de asraafodɔm kɛse kaa ne ho sɛ ɔnkɔ Ɔhene Hesekia nkyɛn wɔ Yerusalem. Baabi a atifi fam ɔtare no mu nsu nam no, ɛhɔ na wokogyinae+ wɔ ɔkwantempɔn a ɛkɔ ntamasifo asaase so no so.+ 3 Na Hilkia ba Eliakim+ a ofi* no hyɛ ne nsa, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔkyerɛwfo, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye behyiaa no.

4 Ɛnna Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo, monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ, ‘Nea ɔhenkɛse, Asiria hene, aka ni: “Dɛn koraa na wode wo ho ato so yi?+ 5 Woka sɛ, ‘Mewɔ nyansa ne ahoɔden a metumi de ako,’ nanso ne nyinaa yɛ nsɛnhunu ara kwa. Hena koraa na wode wo ho ato no so a enti woayɛ aniammɔnho atew atua atia me yi?+ 6 Hwɛ! Egypt na wode wo ho ato no so, demmire* a emu abu a sɛ onipa tweri a ɛbɛwɔ ne nsam apue yi! Saa na Egypt hene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho ato no so nyinaa.+ 7 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, ‘Yehowa, yɛn Nyankopɔn na yɛde yɛn ho ato no so’ a, ɛnyɛ ɔno ara na Hesekia atutu ne sorɔnsorɔmmea* ne n’afɔremuka+ na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: ‘Afɔremuka yi anim na monkotow no’?”’+ 8 Afei wopɛ a, wo ne me wura Asiria hene+ nto nkyia: Mɛma wo apɔnkɔ 2,000, na hwɛ sɛ wubetumi anya mmarima atenatena wɔn so anaa. 9 Na sɛ nteaseɛnam ne nnipa a wɔbɛtenatena apɔnkɔ so nti na wode wo ho ato Egypt so a, ɛnde wobɛyɛ dɛn atumi ako atia amrado baako a ɔyɛ me wura nkoa no mu akumaa koraa? 10 Wugye di sɛ Yehowa amma me kwan a anka mɛforo aba sɛ merebɛsɛe asaase yi? Yehowa ankasa na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Foro kɔ asaase yi so kɔsɛe no.’”

11 Ɛnna Eliakim ne Sebna+ ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake+ sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nka Aram kasa,*+ na yɛte; wo ne yɛn nnka Yudafo kasa mmma nkurɔfo a wɔwɔ ɔfasu no so no nnte.”+ 12 Nanso Rabsake kae sɛ: “Mugye di sɛ mo wura ne mo nko ara nti na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Wɔn a wɔtete ɔfasu no so no nka ho bi anaa? Wɔn na wobedi wɔn ankasa tiafi na wɔanom wɔn ankasa dwensɔ te sɛ mo ara.”

13 Afei Rabsake gyinaa yiye, na ɔde nne kɛse teɛɛm wɔ Yudafo kasa mu+ sɛ: “Muntie ɔhenkɛse, Asiria hene no asɛm.+ 14 Nea ɔhene aka ni, ‘Mommma Hesekia nnnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo.+ 15 Munnni Hesekia akyi mmfa mo ho nnto Yehowa so+ nnka sɛ: “Sɛnea ɛte biara Yehowa begye yɛn, na ɔremfa kurow yi nhyɛ Asiria hene nsa.” 16 Munntie Hesekia, na Asiria hene aka sɛ: “Mungow mo ho mma me na mommra me nkyɛn,* na obiara bedi n’ankasa bobe ne ne borɔdɔma, na wanom n’ankasa abura mu nsu 17 kosi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asaase a ɛte sɛ mo ankasa mo asaase so,+ asaase a hwiit* ne bobesa foforo wɔ so, asaase a aduan* ne bobefuw* wɔ so no. 18 Mommma Hesekia nnnaadaa mo nnka sɛ, ‘Yehowa begye yɛn.’ Amanaman no anyame no bi atumi agye ne nkurɔfo afi Asiria hene nsam pɛn?+ 19 Hamat ne Arpad anyame no wɔ he?+ Sefarwayim anyame no nso wɔ he?+ Wɔatumi agye Samaria afi me nsam anaa?+ 20 Aman yi anyame nyinaa mu hena na watumi agye ne man afi me nsam a enti Yehowa betumi agye Yerusalem afi me nsam?”’”+

21 Nanso wɔyɛɛ komm na wɔamma no mmuae biara, efisɛ na ɔhene aka sɛ: “Mummmua no.”+ 22 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ofi* no hyɛ ne nsa, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔkyerɛwfo, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye no sunsuan wɔn ntaade mu kɔɔ Hesekia nkyɛn, na wɔkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.

37 Bere a Ɔhene Hesekia tee asɛm no pɛ, osuan n’ataade mu, na ofuraa awerɛhow ntama* kɔɔ Yehowa fi hɔ.+ 2 Afei ɔsomaa Eliakim a ofi* no hyɛ ne nsa, ne ɔkyerɛwfo Sebna ne asɔfo no mu mpanyimfo no kɔɔ Amus ba odiyifo Yesaia+ nkyɛn, na na wofurafura awerɛhow ntama. 3 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Hesekia aka ni, ‘Ɛnnɛ yɛ ahokyere ne animka* ne animguase da; efisɛ yɛayɛ sɛ ɔbea a awo aka no* nanso onni ahoɔden a ɔde bɛwo.+ 4 Ebia Yehowa, wo Nyankopɔn bɛte nsɛm a Rabsake aka no; ɔno na ne wura Asiria hene asoma no sɛ ommebu Onyankopɔn teasefo no animtiaa.+ Na nsɛm a Yehowa, wo Nyankopɔn ate no nti, ɔbɛma wabu ho akontaa. Ɛno nti bɔ mpae+ ma wɔn a wɔaka a wɔwɔ ha no.’”+

5 Enti Ɔhene Hesekia nkoa no kɔɔ Yesaia nkyɛn.+ 6 Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ mo wura sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Mma nsɛm a wotee no mmmɔ wo hu,+ abususɛm a Asiria hene nkoa aka atia me no.+ 7 Mede adwene bi bɛhyɛ ne tirim,* na ɔbɛte amanneɛbɔ bi, na wasan akɔ n’ankasa asaase so;+ na mɛma wɔde sekan akum no wɔ n’ankasa asaase so.”’”+

8 Bere a Rabsake tee sɛ Asiria hene afi Lakis no, ɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔkɔtoe sɛ ɔne Libna reko.+ 9 Afei ɔhene no tee sɛ Etiopia hene Tirhaka aba sɛ ɔne no rebɛko. Ɔtee saa no, ɔsan somaa nnipa* bi sɛ wɔnkɔ Hesekia nkyɛn.+ Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 10 “Monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia sɛ, ‘Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato no so no nnnaadaa wo sɛ: “Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 11 Nea Asiria ahemfo de yɛɛ nsaase no nyinaa ne sɛnea wɔsɛee wɔn pasaa no, woate dedaw.+ Wo na wubenya wo ti adidi mu anaa? 12 Aman a m’agyanom sɛee wɔn no anyame tumi gyee wɔn anaa?+ Ɛhe na Gosan, Haran,+ Resef, ne Edenfo a na wɔwɔ Tel-Asar no wɔ? 13 Ɛhe na Hamat hene ne Arpad hene ne Sefarwayim+ ne Hena ne Iwa nkurow so ahemfo no wɔ?’”

14 Ɛnna Hesekia gyee nhoma no fii nkurɔfo a wɔsomaa wɔn no nsam kenkanee, na Hesekia kɔɔ Yehowa fi kɔtrɛw mu wɔ Yehowa anim.+ 15 Na Hesekia bɔɔ Yehowa mpae+ sɛ: 16 “O asafo Yehowa,+ Israel Nyankopɔn a wote kerubim so,* wo nko ara ne nokware Nyankopɔn wɔ asaase so ahenni nyinaa so. Wo na woyɛɛ ɔsoro ne asaase. 17 O Yehowa, yɛ aso na tie!+ O Yehowa, bue w’aniwa na hwɛ!+ Tie nsɛm a Senaherib asoma sɛ wɔmfa mmebu Onyankopɔn teasefo no animtiaa no nyinaa.+ 18 O Yehowa, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe nsaase nyinaa+ ne wɔn ankasa asaase. 19 Afei nso, wɔatow wɔn anyame agu ogya mu,+ efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne abo; ɛno nti na wotumi sɛee wɔn no. 20 Enti afei, O Yehowa, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam na asaase so ahenni nyinaa nhu sɛ wo, Yehowa, wo nko ara ne Onyankopɔn.”+

21 Na Amus ba Yesaia soma kɔka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Nea Israel Nyankopɔn Yehowa aka ni, ‘Asiria hene Senaherib ho mpae a wobɔɔ me no nti,+ 22 Yehowa asɛm a waka atia no ni:

“Sion babea, ɔbaabun no, abu wo animtiaa, na wo ho yɛ no serew.

Yerusalem babea no awosow ne ti akyerɛ wo.

23 Hena na woabu no animtiaa+ aka abususɛm atia no yi?

Hena na woateɛteɛm agu no so+

Na woama w’ani atra w’ani ntɔn wɔ ne so yi?

Ɛyɛ Israel Kronkronni no!+

24 Wonam wo nkoa so abu Yehowa animtiaa+ aka sɛ,

‘Ɔko nteaseɛnam bebree a mewɔ no,

Mede bɛforo akɔ mmepɔw atifi,+

Lebanon akyirikyiri.

Metwitwa sida nnua atenten ne ɔpopaw nnua fɛfɛ a ɛwɔ hɔ no agu.

Mɛforo akɔ mmeae a ɛwɔ soro paa, ne ne kwaebirentuw mu.

25 Metutu mmura na manom nsu;

Mede me nan* bɛma Egypt nsubɔnten* ayow.’

26 Wontee anaa? Efi tete na mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ.*

Mehyɛ too hɔ nyɛ nnɛ.+

Afei mɛma aba mu.+

Wobɛma nkurow a wɔabɔ ho ban adan amamfo.*+

27 Emu nnipa bɛyɛ mmɔbɔ;

Ehu bɛka wɔn na wɔn anim agu ase.

Wɔbɛyɛ sɛ asaase so wura ne sare momono,

Wɔbɛyɛ sɛ ɔdan so sare a apuei mframa ama ahyew.*

28 Bere a wote hɔ ne bere a worekɔ ba nyinaa

m’ani tua,+

Na w’ani bere me so nso a, mihu,+

29 Efisɛ sɛnea w’ani abere me so+ na worebobom no, mate.+

Enti mede me darewa bewura wo hwenem, na mede me nnareka+ ato w’ano,

Na ɔkwan a wofaa so bae no, ɛno ara so na mɛma woafa akɔ.”

30 “‘Eyi bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wo:* Afe yi, mubedi hwiit* a ɛno ara afifi;* afe a ɛto so abien no nso, mubedi hwiit a ɛno ara afifi; nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, mubegu aba na moatwa, na moayeyɛ bobefuw* na moadi mu aba.+ 31 Yuda fifo a wobefi mu aka, wɔn a wɔbɛka no,+ wɔn ntini bewurawura fam, na wobenyin akɔ soro na wɔasow aba. 32 Na nkaefo bi befi Yerusalem aba, na wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu no befi Sion Bepɔw so aba.+ Asafo Yehowa ahokeka nti na ɔbɛyɛ eyi.+

33 “‘Enti nea Yehowa aka afa Asiria hene ho ni:+

“Ɔremma kurow yi mu,+

Na ɔrentow agyan mma ha;

Ɔremfa ɔkyɛm mma ha,

Na ɔrensi akoban* wɔ ho.”’+

34 ‘Ɔkwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛfa akɔ,

Na ɔremma kurow yi mu,’ Yehowa na waka.

35 ‘Me din+ ne m’akoa Dawid nti,+

Mɛko agye kurow yi.’”+

36 Na Yehowa bɔfo pue kɔɔ Asiriafo asoɛe hɔ kokunkum mmarima 185,000. Bere a nkurɔfo sɔree anɔpatutuutu no, wohui sɛ afunu ayɛ hɔ ma.+ 37 Enti Asiria hene Senaherib fii hɔ, na ɔsan kɔɔ Niniwe+ kɔtenaa hɔ.+ 38 Na bere a ɔkɔɔ ne nyame Nisrok fi* kɔkotowee no, ɔno ara ne mma mmarima Adramelek ne Sareser de sekan kum no,+ na woguan kɔɔ Ararat+ asaase so. Na ne ba Esar-Haddon+ bedii n’ade.

38 Saa nna no mu no, Hesekia yaree ma anka ɔreyɛ awu.+ Na Amus ba odiyifo Yesaia+ bae, na ɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Yɛ ntotoe wɔ wo fi, efisɛ wubewu; wo ho rentɔ wo.’”+ 2 Ɛnna Hesekia de n’ani kyerɛɛ dan, na ofii ase bɔɔ Yehowa mpae sɛ: 3 “O Yehowa, mesrɛ wo, kae+ sɛnea mede nokwaredi ne koma mũ anantew w’anim,+ na mayɛ nea eye wɔ w’ani so.” Na Hesekia fii ase sui pii.

4 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: 5 “San w’akyi na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ,+ ‘Nea Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka ni: “Mate wo mpaebɔ+ no. Mahu wo nisu.+ Enti mede mfe 15 bɛka wo nkwa nna* ho,+ 6 na megye wo ne kurow yi afi Asiria hene nsam, na mɛbɔ kurow yi ho ban.+ 7 Eyi ne sɛnkyerɛnne a efi Yehowa hɔ a ɛbɛma woahu sɛ Yehowa bɛyɛ nea waka no:+ 8 Hwɛ, mɛma sunsuma a owia ama ɛresian wɔ Ahas stɛps* so no akɔ n’akyi anammɔn du.”’”+ Enti owia sunsuma a na asian dedaw wɔ stɛps no so no kɔɔ n’akyi anammɔn du.

9 Asɛm yi na Yuda hene Hesekia kyerɛwee* bere a ɔyaree na ne ho tɔɔ no no.

10 Mekae sɛ: “Me nkwa nna mfinimfini

Na mɛkɔ Ɔdamoa* pon ano.

Me mfe a aka bɛbɔ me.”

11 Mekae sɛ: “Merenhu Yah,* merenhu Yah wɔ ateasefo asaase so.+

Merenhu nnipa anim bio

Bere a mewɔ nkurɔfo a wɔwɔ baabi a hwee nkɔ so mu no.

12 Wɔatutu me tenabea, na wɔayi afi me ho kɔ+

Te sɛ oguanhwɛfo ntamadan.

Mabobɔw me nkwa te sɛ nea ntamanwemfo bobɔw ntama;

Watwa me afi hɔ te sɛ nea wotwitwa ntama a wɔanwene awie ho nhama fi nsadua* so.

Efi awia kosi anadwo, wuwie me nkakrankakra.+

13 Mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ komm akosi anɔpa.

Obubu me nnompe nyinaa mu te sɛ gyata;

Efi awia kosi anadwo, wuwie me nkakrankakra.+

14 Misu te sɛ asomfena anaa apatiprɛw;*+

Mepene te sɛ aburuburuw.+

Mahwɛ soro ama m’ani abrɛ:+

‘O Yehowa, me ho yeraw me paa;

Boa me!’*+

15 Dɛn na menka?

Waka akyerɛ me, na wayɛ.

Me mfe nyinaa, mɛnantew ahobrɛase* mu

M’awerɛhow nti.*

16 ‘O Yehowa, eyinom* so na onipa biara nam tena ase,

Na ɛno mu na me honhom nya nkwa.

Wobɛma manya ahoɔden na woama manya nkwa.+

17 Hwɛ! Mannya asomdwoe, mmom midii awerɛhow kɛse;

Nanso wode wo ho fam me ho,*

Wuyii me fii ɔsɛe amoa mu.+

Woatow me bɔne nyinaa agu w’akyi.*+

18 Ɔdamoa* rentumi nhyɛ wo anuonyam,+

Na owu rentumi nyi wo ayɛ.+

Wɔn a wɔkɔ amoa mu no ntumi nhwɛ wo nokwaredi kwan.+

19 Ateasefo, ateasefo na wobetumi akamfo wo,

Sɛnea metumi ayɛ nnɛ da yi.

Agya betumi ama ne mma ahu wo nokwaredi.+

20 O Yehowa, gye me,

Na yɛde asanku bɛbɔ me nnwom+

Yɛn nkwa nna nyinaa wɔ Yehowa fi.’”+

21 Ɛnna Yesaia kae sɛ: “Momfa borɔdɔma a awo a wɔabɔ no tɔw mmra, na momfa ntare pɔmpɔ no so na ne ho ntɔ no.”+ 22 Saa bere no, na Hesekia adi kan abisa sɛ: “Dɛn ne sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ mɛforo akɔ Yehowa fi?”+

39 Saa bere no, Babilon hene Merodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba no soma ma wɔde nkrataa ne akyɛde kɔmaa Hesekia,+ efisɛ ɔtee sɛ wayare ama ne ho atɔ no.+ 2 Hesekia de anigye gyee wɔn,* na ɔde n’adekoradan mu nneɛma kyerɛɛ wɔn,+ kyerɛ sɛ, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne balsam ngo ne ngo pa ne baabi a ɔkora n’akode nyinaa, ne biribiara a ɛwɔ n’akorae. Biribiara nni Hesekia fi* ne n’ahemman mu a wamfa ankyerɛ wɔn.

3 Ɛnna odiyifo Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bebisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na mmarima yi kae, na ɛhe na wofi bae?” Na Hesekia buae sɛ: “Wofi akyirikyiri asaase bi so, wofi Babilon.”+ 4 Na ɔsan bisae sɛ: “Dɛn na wohui wɔ wo fi?”* Ɛnna Hesekia kae sɛ: “Wohuu biribiara a ɛwɔ me fi.* Biribiara nni m’akorae a mamfa ankyerɛ wɔn.”

5 Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Tie asafo Yehowa asɛm yi, 6 ‘Hwɛ! Nna bi reba, na nea ɛwɔ wo fi* nyinaa, ne nea w’agyanom de asie abesi nnɛ nyinaa, wɔbɛfa akɔ Babilon. Biribiara renka,’+ Yehowa na waka.+ 7 ‘Na wɔbɛfa w’ankasa wo mma a wobɛwo wɔn no mu bi akɔ ama wɔakɔyɛ nhenkwaa wɔ Babilon hene ahemfi.’”+

8 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Yehowa asɛm a woaka no ye.” Na ɔtoaa so kae sɛ: “Efisɛ asomdwoe ne ahotɔ* bɛtena hɔ wɔ me bere so.”*+

40 “Monkyekye me man werɛ, monkyekye wɔn werɛ,” mo Nyankopɔn asɛm ni.+

 2 “Monka asɛm mma ɛntɔ Yerusalem koma so,*

Na monka nkyerɛ no sɛ ne nkoadwuma aba awiei.

Monka nkyerɛ no sɛ wɔatua ne bɔne ho ka awie.+

Wanya ne bɔne so akatua nyinaa* afi Yehowa nsam.”+

 3 Obi reteɛm wɔ sare so sɛ:

“Munsiesie Yehowa kwan!+

Mompae kwantempɔn a ɛda mu tee+ wɔ asaase pradadaa so mma yɛn Nyankopɔn.+

 4 Momma abon nyinaa so,

Na mommrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase.

Asaase a ɛso atutu no, momma ɛso nyɛ toromtorom,

Na asaase a ayɛ mmonkyemmɔnka no nyɛ asaasetraa.+

 5 Wobeyi Yehowa anuonyam adi,+

Na ɔhonam nyinaa* behu prɛko,+

Efisɛ Yehowa ano na aka.”

 6 Tie! Obi se: “Teɛm!”

Ɛnna obi foforo bisae sɛ: “Menteɛm nka dɛn?”

“Ɔhonam nyinaa* te sɛ sare momono.

Ɔdɔ a enni huammɔ a wɔwɔ nyinaa te sɛ wuram nhwiren.+

 7 Sare momono awo,

Na nhwiren ahyew,+

Efisɛ Yehowa ahome agu so.*+

Ampa ara ɔman no te sɛ sare momono.

 8 Sare momono wo,

Na nhwiren hyew,

Nanso yɛn Nyankopɔn asɛm de, etim hɔ daa.”+

 9 Foro kɔ bepɔw tenten so,

Ɔbea a wode asɛmpa reba Sion.+

Ma wo nne so denneennen,

Ɔbea a wode asɛmpa reba Yerusalem.

Ma so, nsuro.

Ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: “Mo Nyankopɔn ni.”+

10 Hwɛ! Awurade Tumfo Yehowa de tumi bɛba,

Na ne basa bedi tumi ama no.+

Hwɛ! N’akatua ka ne ho,

Na nea ɔde tua ka di n’anim.+

11 Ɔbɛhwɛ ne nguan sɛ oguanhwɛfo.+

Ɔde ne basa bɛboaboa nguan mma no ano,

Na waturu wɔn wɔ ne kokom.

Wɔn a wɔma nufu no, ɔbɛka wɔn brɛoo.+

12 Hena na wasusuw nsu wɔ ne nsayam*+

Na ɔde ne nsa* asusuw ɔsoro?

Hena na ɔde susukuruwa asusuw asaase so mfuturu,+

Anaa ɔde nsenia* akari mmepɔw,

Na ɔde nsenia akari nkoko?

13 Hena na wasusuw Yehowa honhom,*

Na hena na obetumi ayɛ ne fotufo na wama no akwankyerɛ?+

14 Hena na ɔne no tuu agyina ansa na ɔrete biribi ase,

Anaa ɔkyerɛ no atɛntrenee kwan,

Anaa ɔkyerɛ no nimdeɛ,

Anaa ɔma ohu ntease kwan ankasa?+

15 Hwɛ! Amanaman no te sɛ bokiti ho nsu a ɛsɔ ko,

Na obu wɔn sɛ nsenia so mfuturu bi kɛkɛ.+

Hwɛ! Ɔma nsupɔw so sɛ mfuturu muhumuhu.

16 Lebanon nyinaa mpo rentumi mma ogya nkɔ so nnɛw,*

Na wuram mmoa a ɛwɔ hɔ renso ɔhyew afɔre.

17 Aman nyinaa te sɛ biribi a enni hɔ wɔ n’anim;+

Obu wɔn sɛ adehunu bi, te sɛ biribi a mfaso nni so.+

18 Hena ho na mubetumi de Onyankopɔn atoto?+

Dɛn na mode no bɛtoto ho?+

19 Odwumfo de dade a wɔanan yɛ ohoni,*

Ɔtomfo de sika kɔkɔɔ fa ho,+

Na ɔyɛ dwetɛ kɔnmuade* toto wɔn kɔn mu.

20 Ɔpaw dua sɛ n’afɔrebɔde,+

Dua a ɛremporɔw.

Ɔhwehwɛ odwumfo a onim adwuma

Ma osen ohoni a enhinhim.+

21 Munnim?

Na montee?

Wɔnka nkyerɛɛ mo mfii mfiase?

Efi bere a wɔtoo asaase fapem no, montee ase anaa?+

22 Obi wɔ hɔ a ne tenabea wɔ soro sen asaase kurukuruwa yi,+

Na wɔn a wɔte so no te sɛ mmebɛw.

Ɔno na ɔretwe ɔsoro mu te sɛ ntama nahanaha,

Na ɔtrɛw mu te sɛ ntamadan a wɔtena mu.+

23 Ɔbrɛ abirɛmpɔn ase ma wɔba fam koraa a wɔnsɛ hwee,

Na ɔma asaase so atemmufo* yɛ sɛ biribi a mfaso nni so.

24 Sɛ wodua wɔn ara pɛ,

Na wɔtɛw wɔn ara pɛ,

Sɛ wonya ntini wɔ asaase mu ara pɛ a,

Mframa bɔ fa wɔn so ma wokisa,

Na mframa soa wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛwa.+

25 “Hena ho na mode me bɛtoto ama ɔne me asɛ?” Ɔkronkronni no asɛm ni.

26 “Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ.

Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa?+

Ɔno ne Nea odi wɔn anim de wɔn pue sɛ asraafo; ɔkan wɔn nyinaa,

Na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.+

Esiane n’ahoɔden pii ne ne tumi a ɛyɛ hu nti,+

Wɔn mu baako mpo nyera.

27 O Yakob, dɛn nti na wokasa; O Israel, dɛn nti na woka sɛ,

‘Me kwan ahintaw Yehowa,

Na minnya atɛntrenee mfi Nyankopɔn hɔ’?+

28 Wunnim? Na wontee?

Yehowa a ɔbɔɔ asaase fi ti kosi ti no yɛ daa Nyankopɔn.+

Ɔmmrɛ da na n’ahoɔden nsa da.+

Obiara rentumi nhwehwɛ ne ntease mu nwie.*+

29 Ɔma nea wabrɛ no tumi,

Na wɔn a wonni ahoɔden no, ɔma wɔn ahoɔden mmoroso.+

30 Mmarimaa bɛbrɛ, na wɔn ahoɔden bɛsa,

Na mmerante behintiw na wɔahwe ase,

31 Nanso wɔn a wɔn ani da Yehowa so no bɛsan anya ahoɔden.

Wɔde ntaban betu te sɛ akɔre.+

Wobetu mmirika, nso wɔn ahoɔden rensa;

Wɔbɛnantew, nso wɔremmrɛ.”+

41 “Nsupɔw, monyɛ komm ntie me;*

Momma aman no nsan nnya wɔn ahoɔden.

Momma wɔmmra; afei momma wɔnkasa.+

Momma yenhyia nni asɛm.

 2 Hena na wanyan obi afi apuei,*+

Na ɔde trenee afrɛ no aba Ne nan ase,*

Sɛ ɔde amanaman bɛhyɛ ne nsa,

Na wama wabrɛ ahemfo ase?+

Hena na ɔde ne sekan ama wɔayɛ sɛ mfuturu,

Na n’agyan ayɛ wɔn sɛ ntɛtɛwa a mframa ahuw?

 3 Otiw wɔn, na biribiara nsiw no kwan

Wɔ akwan a ne nan nsii so da so.

 4 Hena na wakeka ne ho ayɛ eyi?

Hena na wafrɛ awo ntoatoaso mmaako mmaako fi mfiase?

Me, Yehowa, mene Odikanfo;+

Na akyikafo mu nso, sɛnea mete ara na mete.”+

 5 Nsupɔw ahu, na wɔasuro.

Asaase afanan nyinaa fii ase wosowee.

Wotwiw bɛn, wɔba wɔn anim.

 6 Obiara boa ne yɔnko,

Na obiara ka kyerɛ ne nua sɛ: “Hyɛ wo ho den.”

 7 Enti odwumfo hyɛ ɔtomfo den;+

Nea ɔde hamma* bobɔ dade so ma ɛyɛ tratraa no

Hyɛ nea ɔbɔ ɔtommo* so no den.

Ɔka nnade a wɔasosɔw abom no ho asɛm sɛ: “Eye.”

Afei wɔde nnadewa bobom na anhwe fam.

 8 “Na wo, O Israel, woyɛ m’akoa,+

Wo, O Yakob, wo na mapaw wo,+

M’adamfo Abraham aseni,*+

 9 Wo a mefaa wo fii asaase ano bae,+

Wo a mefrɛɛ wo fii n’ahye so akyirikyiri.

Meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Woyɛ m’akoa;+

Mapaw wo, na mempoo wo.+

10 Nsuro, efisɛ meka wo ho.+

Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, efisɛ mene wo Nyankopɔn.+

Mɛhyɛ wo den, yiw, mɛboa wo,+

Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.’

11 Hwɛ! Wɔn a wɔn bo afuw wo nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase.+

Wɔn a wɔne wo ko no, wɔbɛbrɛ wɔn ase na wɔahyew wɔn ase.+

12 Mmarima a wɔne wo di aperepere no, wobɛhwehwɛ wɔn nanso worenhu wɔn;

Mmarima a wɔne wo ko no bɛyɛ sɛ biribi a enni hɔ, adehunu bi.+

13 Efisɛ me, Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu.

Me na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro. Mɛboa wo.’+

14 Nsuro, osunson* Yakob,+

Israel mmarima, mɛboa mo,” mo Gyefo Yehowa,+ Israel Kronkronni no asɛm ni.

15 “Hwɛ! Mayɛ wo afiri a wɔde porow hwiit,+

Ade foforo a wɔde porow hwiit a ɛse wɔ anim ne akyi nyinaa.

Wubetiatia mmepɔw so ama abubu pasaa,

Na woama nkoko ayɛ sɛ ntɛtɛwa.

16 Wubehuw so,

Na mframa behuw akɔ;

Ahum bɛbɔ apete.

Yehowa mu na wubedi ahurusi,+

Na wode Israel Kronkronni no bɛhoahoa wo ho.”+

17 “Abrɛfo ne ahiafo rehwehwɛ nsu, nanso ebi nni hɔ.

Osukɔm nti, wɔn tɛkrɛma so awo.+

Me, Yehowa, megye wɔn so.+

Me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn.+

18 Nkoko a hwee nni so no, mɛma nsubɔnten asen wɔ so,+

Na nsuwansuwa atue asaasetraa so.+

Mɛma sare adan ɔtare,*

Na asaase a ɛso awo adan asuti.+

19 Asaase pradadaa so na medua sida dua,

Ɔkanto, ohuam dua, ne nku dua.+

Asaase pradadaa so na medua ɔpopaw dua,

Ne ɔsɛsɛ dua ne kwabɔhɔrɔ dua,+

20 Sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa nyinaa behu na wɔate ase,

Na wɔatie na wɔahu sɛ

Yehowa nsa na ayɛ eyi,

Na Israel Kronkronni no na wabɔ.”+

21 “Momfa mo asɛm mmɛto gua,” Yehowa na waka.

“Momfa mo adanse mmra,” Yakob Hene asɛm ni.

22 “Momfa adanse mmra na monkyerɛ yɛn nea ebesi.

Monka kan nneɛma* no ho asɛm nkyerɛ yɛn,

Sɛnea ɛbɛyɛ a yebedwinnwen ho* na yɛahu nea ɛbɛba.

Nneɛma a ɛreba no nso, monka mma yentie.+

23 Monka nea ɛbɛba daakye nkyerɛ yɛn,

Na yenhu sɛ moyɛ anyame.+

Yiw, monyɛ biribi, papa anaa bɔne,

Na sɛ yehu a, yɛn ho adwiriw yɛn.+

24 Hwɛ! Moyɛ biribi a enni hɔ,

Na mo nnwuma yɛ adehunu.+

Obiara a ɔbɛpaw mo no yɛ akyiwade.+

25 Manyan obi afi atifi fam, na ɔbɛba;+

Obi a ofi apuei*+ a ɔbɛbɔ me din,

Obetiatia atumfo* so te sɛ dɔte,+

Te sɛ nea ɔnwemfo wɔw dɔte no.

26 Hena na ɔkaa eyi ho asɛm fii mfiase, sɛnea ɛbɛyɛ a anka yebetumi ahu?

Hena na ɔkaa biribi fii tete, sɛnea ɛbɛyɛ a anka yebetumi aka sɛ, ‘Ɔyɛ ɔnokwafo’?+

Nokwasɛm ne sɛ, obiara nni hɔ a ɔde too gua!

Obiara nni hɔ a ɔkae!

Obiara ante biribiara amfi mo hɔ!”+

27 Me na midii kan ka kyerɛɛ Sion sɛ: “Hwɛ! Wɔn ni!”+

Na mɛsoma obi a okura asɛmpa akɔ Yerusalem.+

28 Na mehwɛe ara, nso manhu obiara.

Wɔn mu biara nso nni hɔ a na obetu fo.

Na mekae ara sɛ wɔmma me mmuae.

29 Hwɛ! Wɔn nyinaa yɛ biribi a enni hɔ.

Wɔn nnwuma yɛ adehunu.

Wɔn dade ahoni* yɛ mframa ne biribi a mfaso nni so.+

42 Hwɛ! M’akoa+ a mikura ne mu denneennen!

Nea mapaw no+ na magye no atom!*+

Mede me honhom ahyɛ ne mu;+

Ɔde atɛntrenee bɛbrɛ amanaman no.+

 2 Ɔrenteɛm na ɔremma ne nne so,

Na ɔremma obiara nte ne nne wɔ abɔnten so.+

 3 Ɔremmu demmire* a abukaw biara mu,

Na ɔrennum ntamaban a ɛrefi wusiw biara.+

Ɔde nokwaredi bebu atɛntrenee.+

 4 Ɔrengow na ɔremmotow kosi sɛ ɔde atɛntrenee bɛba asaase so;+

Na nsupɔw bɛtwɛn ne mmara.*

 5 Yehowa ne nokware Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro.

Ɔno ne Opumpuni a ɔtwee mu.+

Ɔno na ɔtrɛw asaase ne ɛso nneɛma mu.+

Ɔde ahome ma nnipa a wɔte so,+

Na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no.+ Nea waka ni:

 6 “Me, Yehowa, mafrɛ wo trenee mu,

Na maso wo nsa.

Mɛbɔ wo ho ban na mede wo ayɛ apam ama nnipa,+

Na mede wo ayɛ hann ama aman,+

 7 Na woabue anifuraefo ani,+

Na woayi nneduafo afi afiase,

Na woayi wɔn a wɔte sum mu afi afiase.+

 8 Mene Yehowa. Me din ne no;

Meremfa m’anuonyam mma obiara,*

Na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.+

 9 Hwɛ, nea edi kan no aba mu;

Afei mereka nsɛm foforo.

Mereka ho asɛm akyerɛ mo ansa na aba.”+

10 Monto dwom foforo mma Yehowa,+

Munyi no ayɛ mfi asaase ano,+

Mo a monam po so ne nea ɛwom nyinaa,

Nsupɔw ne mo a motete so.+

11 Momma sare ne ne nkurow mma wɔn nne so,+

Nkuraa a Kedar+ te so.

Momma wɔn a wɔtete abotan mu nni ahurusi;

Momma wɔnteɛm denneennen mfi mmepɔw atifi.

12 Momma wɔnhyɛ Yehowa anuonyam,

Na wonyi no ayɛ nsupɔw so.+

13 Yehowa bepue sɛ ɔko mu ɔkatakyi.+

Ɔbɛkanyan ne ho sɛ ɔsabarima.+

Ɔbɛteɛm, ɔbɛteɛm denneennen;

Ɔbɛkyerɛ sɛ ne ho yɛ den sen n’atamfo.+

14 “Mayɛ komm akyɛ.

Mimuaa m’ano, na mehyɛɛ me ho so.

Afei mɛpene sɛ ɔbea a ɔrewo,

Mɛhome hahyeehahyee, na matwe mframa; mɛyɛ ne nyinaa prɛko pɛ.

15 Mɛsɛe mmepɔw ne nkoko,

Na mɛma ɛso afifide nyinaa ahyew.

Mɛma nsubɔnten adan nsupɔw,*

Na mama atare* ayoyow.+

16 Mede anifuraefo bɛfa ɔkwan a wonnim so so,+

Na mɛma wɔafa ɔkwan a wɔmfaa so da so.+

Esum a ɛda wɔn anim no, mɛma adan hann,+

Na baabi a ɛhɔ yɛ mmonkyemmɔnka no, mɛma adan asaasetraa.+

Eyi na mɛyɛ ama wɔn, na merennyaw wɔn.”

17 Wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni a wɔasen so,

Wɔn a wɔka kyerɛ dade ahoni* sɛ: “Mone yɛn anyame”+ no,

Wɔbɛma wɔasan wɔn akyi, na wɔn ani bewu pɔtɔɔ.

18 Mo a mo aso asiw, muntie;

Mo a mo ani afura,+ monhwɛ na munhu.

19 Hena na n’ani afura sen m’akoa,

Na n’aso asiw sen nea mesoma no no?

Hena na n’ani afura sen nea wɔatua no ka,

Na n’ani afura sen Yehowa akoa?+

20 Wuhu nneɛma pii, nanso wonhwɛ.

Wubue w’aso, nanso wuntie.+

21 Yehowa trenee nti,

N’ani gyee ho sɛ ɔbɛma mmara* no ayɛ kɛse na anya anuonyam.

22 Nanso wɔyɛ nnipa a nkurɔfo afom wɔn de wɔn kɔ;+

Wɔn nyinaa aka ntokuru mu, na wɔde wɔn asie afiase.+

Wɔafom wɔn de wɔn kɔ, na ogyefo biara nni hɔ;+

Wɔafom wɔn de wɔn kɔ, na obiara nni hɔ a ɔbɛka sɛ: “Momfa wɔn mmra!”

23 Mo mu hena na obetie asɛm yi?

Hena na ɔbɛwɛn n’aso atie nea wɔbɛka akyiri yi?

24 Hena na ɔmaa kwan ma wɔfom Yakob nneɛma,

Na ɔde Israel hyɛɛ nkurɔfo a wɔfom nneɛma no nsa?

Ɛnyɛ Yehowa, Nea yɛayɛ no bɔne no?

Wɔamfa n’akwan so,

Na wɔantie Ne mmara.*+

25 Enti ɔkɔɔ so hwiee abufuhyew,

N’abufuw, ne ɔko a ano yɛ den guu no so.+

Na ɛhyew biribiara a atwa ne ho ahyia, nanso wanhu;+

Ɛhyew no, nanso wamfa ansie ne komam.+

43 Afei asɛm a Yehowa,

Nea ɔbɔɔ wo, O Yakob, nea ɔnwenee wo, O Israel,+ aka ni;

“Nsuro, na magye wo.+

Mabɔ wo din afrɛ wo.

Woyɛ me dea.

 2 Sɛ wutwa nsu a, medi w’akyi;+

Wofa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo.+

Sɛ wofa ogya mu a, ɛrenhyew wo,

Na ogyaframa renhyew wo ho nwi mpo.

 3 Efisɛ mene Yehowa wo Nyankopɔn,

Israel Kronkronni no, wo Gyefo no.

Mede Egypt ayɛ agyede ama wo,

Na mede Etiopia ne Seba asi w’ananmu.

 4 Wosom bo wɔ m’ani so+ nti,

Midi wo ni, na medɔ wo.+

Ɛno nti mede nnipa besi w’ananmu,

Na mede aman asi wo nkwa* ananmu.

 5 Nsuro, efisɛ meka wo ho.+

Mede w’asefo* befi apuei fam aba,

Na maboaboa wo ano afi atɔe fam.+

 6 Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Gyaa wɔn!’+

Na maka akyerɛ anaafo fam sɛ, ‘Nnye wɔn nka hɔ.

Fa me mma mmarima fi akyirikyiri bra, na fa me mma mmea fi asaase ano bra,+

 7 Obiara a me din da no so,+

Ne nea mabɔ no de ahyɛ me ho anuonyam,

Nea manwene no, ne nea mayɛ no biara.’+

 8 Fa ɔman a wɔwɔ aniwa nanso wɔn ani afura no bra,

Ne wɔn a wɔwɔ aso nanso wɔn aso asiw no.+

 9 Ma aman nyinaa nhyia wɔ faako,

Na amanaman mmoaboa wɔn ho ano.+

Wɔn mu hena na obetumi aka eyi?

Anaa wobetumi ama yɛate kan nneɛma* no ho asɛm?+

Ma wɔmfa wɔn adansefo mmra na wɔmfa mmebu wɔn ho bem,

Anaasɛ ma wɔnte na wɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ nokware!’”+

10 Yehowa asɛm ni: “Mone m’adansefo,+

Yiw, m’akoa a mapaw no,+

Na ama moahu, na moagye me adi,*

Na moahu sɛ me ara mene no.+

Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim,

Na m’akyi nso, obi nni hɔ.+

11 Me ara mene Yehowa,+ na m’akyi no, ogyefo biara nni hɔ.”+

12 Yehowa asɛm ni: “Me na mekae, na migyee nkwa, na mema wɔtee,

Bere a na onyame foforo biara nni mo mu no.+

Enti mone m’adansefo, na mene Onyankopɔn.+

13 Bio nso, mete sɛnea mete bere nyinaa;+

Obiara rentumi nhwim biribiara mfi me nsam.+

Sɛ mekeka me ho a, hena na obetumi asiw me kwan?”+

14 Yehowa, mo Gyefo,+ Israel Kronkronni+ no asɛm ni:

“Mo nti, mɛsoma akɔ Babilon akobubu apon akyi nnade nyinaa,+

Na ahoyeraw nti, Kaldeafo a wɔte po so ahyɛn mu no besu buei! buei!+

15 Mene Yehowa, mo Kronkronni no,+ Israel Bɔfo+ no, mo Hene+ no.”

16 Nea Yehowa

A ɔpae kwan to po mu,

Nea oyi kwan to nsu a ɛrebu fa so mu,+

17 Nea ɔma ɔko nteaseɛnam ne apɔnkɔ fi adi,+

Na ɔma asraafodɔm ne mmarima a wonim ko fi adi no aka ni:

“Wɔbɛda fam, na wɔrensɔre.+

Wobedum wɔn, wobedum wɔn te sɛ nea wodum ntamaban a ɛredɛw.”

18 “Monnkae kan nneɛma no,

Na munnnwen tete nneɛma ho.

19 Hwɛ! Mereyɛ ade foforo bi;+

Seesei mpo ɛrepue.

Munhu anaa?

Mede ɔkwan bɛto sare so,+

Na mama nsubɔnten asen anwea pradadaa so.+

20 Wuram mmoa bɛhyɛ me anuonyam,

Sakraman ne nsohori,

Efisɛ mɛma nsu aba sare so,

Na nsubɔnten asen anwea pradadaa so,+

Na me man, nea mapaw no+ no, anom,

21 Ɔman a manwene wɔn afa no,

Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka m’ayeyi akyerɛ.+

22 Nanso womfrɛɛ me, O Yakob,+

Efisɛ me ho afono wo, O Israel.+

23 Womfaa oguan mmɔɔ ɔhyew afɔre mmaa me,

Na womfaa w’afɔre nhyɛɛ me anuonyam.

Menhyɛɛ wo sɛ fa akyɛde brɛ me,

Na menhyɛɛ wo sɛ fa ɛhyɛ* brɛ me, memfa nhyɛɛ wo brɛ.+

24 Womfaa wo sika ntɔɔ sibiri huamhuam* biara mmaa me,

Na wommaa w’afɔre srade mmee me.+

Na mmom wo bɔne ayɛ adesoa wɔ me so,

Na wo mfomso ama mabrɛ.+

25 “Me, me na mepopa wo mmarato,*+ me din nti.+

Na merenkae wo bɔne bio.+

26 Kaakae me; ma yenhyia nni asɛm;

Ka w’asɛm na fa kyerɛ sɛ wudi bem.

27 Wo nana a odi kan no yɛɛ bɔne,

Na wɔn a wɔkasa ma wo* no atew me so atua.+

28 Enti megu kronkronbea hɔ mpanyimfo no ho fĩ,

Na mede Yakob bɛma ɔsɛe

Na mama wɔatwa Israel adapaa.+

44 “Afei tie, O Yakob, m’akoa,

Ne wo, O Israel a mapaw wo.+

 2 Nea Yehowa

A Ɔyɛɛ wo na Ɔnwenee wo,+

Nea ɔboaa wo fii yafunu* mu no aka ni:

‘Nsuro, m’akoa Yakob,+

Ne wo, Yesurun,*+ a mapaw wo.

 3 Efisɛ mehwie nsu agu nea osukɔm de no* so,+

Na nsuwansuwa asen asaase a awo so.

Mehwie me honhom agu w’asefo* so+

Na mede me nhyira agu wo nkyirimma so.

 4 Wobefifi te sɛ sare momono,+

Te sɛ nsuano nnua.

 5 Obi bɛka sɛ: “Meyɛ Yehowa dea.”+

Na obi foforo nso afrɛ ne ho Yakob,

Na ɔfoforo nso bɛkyerɛw agu ne nsa ho sɛ: “Yehowa dea.”

Na ɔbɛfa Israel din ato ne ho.’

 6 Nea Yehowa,

Israel Hene+ ne ne Gyefo,+ Asafo Yehowa aka ni:

‘Mene nea odi kan ne nea odi akyi.+

Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.+

 7 Hena na ɔte sɛ me?+

Ma ɔmpae mu nka; ɔnka, na ɔmfa ho adanse nsi m’anim!+

Sɛnea mayɛ fi bere a mede tetefo no bae no,

Momma wɔnka nneɛma a ɛreba

Ne nea ɛbɛba daakye.

 8 Munnsuro,

Na mommmɔ hu.+

Memmaa mo mu biara ntee, na menkaa ho asɛm nkyerɛɛ mo anaa?

Mone m’adansefo.+

Onyankopɔn bi wɔ hɔ ka me ho anaa?

Daabi, Ɔbotan biara nni hɔ ka me ho.+ Minhuu bi.’”

 9 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa yɛ nnipahunu,

Na ade a wɔn ani gye ho no, mfaso biara nni so.+

Wɔyɛ wɔn adansefo, nso wonhu* biribiara, na wonnim* hwee,+

Enti wɔn a wɔyɛ wɔn no ani bewu.+

10 Hena na ɔbɛnwene onyame anaa ɔbɛyɛ dade honi*

A mfaso biara nni so?+

11 Hwɛ! Wɔn a wɔka ne ho nyinaa ani bewu!+

Wɔn a wɔyɛ ahoni no yɛ nnipa kɛkɛ.

Ma wɔn nyinaa nhyia, na wonnyina hɔ.

Ehu bɛka wɔn, na wɔn nyinaa ani bewu.

12 Ɔtomfo de dade to gya mu, na ɔde ne dade yɛ ho adwuma.

Ɔde hamma* bɔ so,

Ɔde ne basa a ahoɔden wom yɛ ho adwuma.+

Afei ɔkɔm de no, na n’ahoɔden so tew.

Ɔnnom nsu, enti ɔbrɛ.

13 Duadwumfo twe susuhama, ɔde kyɔɔk kɔkɔɔ sensan dua ho.

Ɔde ade sen, na ɔde kɔmpase sensan ho.

Ɔyɛ no te sɛ onipa,+

Sɛnea onipa ahoɔfɛ te,

Sɛ ɛntena fie.*+

14 Obi nso adwuma ne sɛ obebu sida nnua.

Ɔhwehwɛ dua bi, odum,

Na ɔma enyin wɔ kwae mu nnua mu.+

Odua osennuru, na osu tɔ gu so ma enyin.

15 Afei onipa de sɔ gya.

Oyi bi tena ho ma ne ho yɛ no hyew;

Ɔde bi sɔ gya de to paanoo.

Na ɔde bi nso yɛ onyame som no.

Ɔde yɛ ohoni, na ɔkotow n’anim.+

16 Ɔde fã sɔ gya;

Saa fã no, ɔde toto nam we mee.

Afei ɔtena gya no ho ma ne ho yɛ no hyew, na ɔka sɛ:

“Aa! Ogya a merehwɛ yi ama me ho ayɛ me hyew.”

17 Na ɔde nea aka no yɛ onyame, ɔde yɛ ne honi.

Ɔkotow no, na ɔsom no.

Ɔbɔ no mpae, na ɔka sɛ:

“Gye me, efisɛ wone me nyame.”+

18 Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase,+

Efisɛ wɔaka wɔn ani afomfam so na enhu ade,

Na wɔn koma ntumi nte asɛm ase.

19 Obiara nnwen wɔ ne komam,

Na obi nni nimdeɛ anaa nhumu a ɔbɛka sɛ:

“Mede fã sɔɔ gya,

Metoo paanoo wɔ ne nsramma so, na metotoo nam wɔ so wee.

Memfa nea aka no nyɛ akyiwade anaa?+

Dua sin* na mensom no anaa?”

20 Odi nsõ.

Ɔno ara ne koma daadaafo no ama wayera.

Ontumi nnye ne ho,* na ontumi mmisa sɛ:

“Enti ɛnyɛ atoro na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?”

21 “Kae eyinom, O Yakob, ne wo, O Israel,

Efisɛ woyɛ m’akoa.

Me na meyɛɛ wo, na woyɛ m’akoa.+

O Israel, me werɛ remfi wo.+

22 Mɛpopa wo mmarato te sɛ nea omununkum akata so,+

Na mapopa wo bɔne te sɛ nea omununkum tumm akata so.

San bra me nkyɛn, na megye wo.+

23 Ɔsoro, munni ahurusi,

Efisɛ Yehowa akeka ne ho!

Asaase ase tɔnn, mommɔ ose!

Mmepɔw, munni ahurusi,+

Kwae ne emu nnua nyinaa!

Efisɛ Yehowa agye Yakob,

Na wada n’anuonyam adi wɔ Israel so.”+

24 Nea Yehowa, wo Gyefo no,+

Nea ɔnwenee wo bere a na wowɔ yafunu mu no, se ni:

“Mene Yehowa, nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa.

Me nko ara na metwee ɔsoro mu,+

Na metrɛw asaase mu.+

Hena na na ɔka me ho?

25 Me na mesɛe wɔn a wɔka nsɛnhunu* no nsɛnkyerɛnne,

Na me na mema wɔn a nkurɔfo kɔ wɔn nkyɛn abisa yɛ sɛ nkwaseafo;+

Me na mema anyansafo adwene tu fra,

Na mema wɔn nimdeɛ dan nkwaseasɛm;+

26 Mene nea ɔma n’akoa asɛm yɛ nokware,

Na ɔma wɔn a ɔsoma wɔn no nkɔmhyɛ ba mu korakora;+

Nea ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena mu,’+

Ne Yuda nkurow ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekye,+

Na n’amamfo nso, mɛma asi ne dedaw mu’;+

27 Me na meka kyerɛ nsu a emu dɔ sɛ, ‘Yow,

Na mɛma wo nsubɔnten nyinaa ayoyow’;+

28 Me na meka Kores+ ho asɛm sɛ, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo,

Na ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa akosi ase’;+

Me na meka Yerusalem ho asɛm sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekye,’

Ne asɔrefi no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+

45 Sɛɛ na Yehowa aka akyerɛ Kores, nea wasra no no,+

Nea maso ne nsa nifa mu+

Sɛ mɛbrɛ aman ase n’anim+

Na magye ahemfo akode,*

Na mabue apon a ɛbɔ ho abien wɔ n’anim,

Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrento kurow apon no mu no:

 2 “Medi w’anim akɔ,+

Na medwiriw nkoko agu.

Mebubu kɔbere apon mu,

Na metwitwa apon akyi nnade mu.+

 3 Mede agyapade a ɛwɔ sum mu

Ne agyapade a ahintaw bɛma wo,+

Na ama woahu sɛ mene Yehowa,

Israel Nyankopɔn no, nea wabɔ wo din afrɛ wo no.+

 4 M’akoa Yakob ne Israel a mapaw no nti,

Mebɔɔ wo din frɛɛ wo.

Memaa wo edin kɛse, ɛwom sɛ na wunnim me.

 5 Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.

Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho.+

Mɛhyɛ wo den,* ɛwom sɛ wunnim me,

 6 Na ama nnipa ahu sɛ

Efi apuei kosi atɔe*

Obiara nni hɔ ka me ho.+

Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.+

 7 Me na mebɔ hann+ na mebɔ sum,+

Mebɔ asomdwoe+ na mede mmusu ba;+

Me, Yehowa, na meyɛ eyinom nyinaa.

 8 Ɔsoro, tɔ osu fi soro gu fam;+

Momma omununkum ntɔ trenee ngu fam.

Momma asaase mu mmue na ɛnsow nkwagye,

Na ɛmma trenee mfifi wɔ bere koro no ara mu.+

Me, Yehowa, na mebɔe.”

 9 Nea ɔne ne Yɛfo* di asi* no nnue,

Efisɛ ɔyɛ kuku sin kɛkɛ

A ɛka kuku asinasin foforo a egu fam ho!

Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ dɔte ka kyerɛ ne Nwemfo* sɛ: “Dɛn na woreyɛ yi?”+

Anaa ɛsɛ sɛ w’adwuma ka sɛ: “Wunni nsa”?*

10 Onnue, nea obisa agya sɛ: “Dɛn na wowoe?”

Na obisa ɔbea sɛ: “Ɛdɛn na woawo yi?”*

11 Nea Yehowa, Israel Kronkronni no,+ ne Nwemfo no, se ni:

“Mo na mubebisa me nea ɛbɛba?

Anaa mo na mobɛkyerɛ me nea menyɛ wɔ me mma+ ne me nsa ano adwuma ho?

12 Me na meyɛɛ asaase+ na mebɔɔ onipa too so.+

M’ankasa me nsa na mede twee ɔsoro mu,+

Na me na mema wɔn asafo nyinaa ahyɛde.”+

13 “Mama ɔbarima bi so wɔ trenee mu,+

Na mɛteɛ n’akwan nyinaa.

Ɔno na ɔbɛkyekye me kurow,+

Na obegyaa me nkurɔfo a wotuu wɔn fii wɔn man mu no.+ Ɔrennye akatua anaa adanmude* biara,”+ asafo Yehowa asɛm ni.

14 Nea Yehowa aka ni:

“Egypt mfaso* ne nneɛma a Etiopia di ho gua,* ne Sabafo atenten

Bɛba wo nkyɛn, na abɛyɛ wo dea.

Wobedi w’akyi bere a nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn.

Wɔbɛba wo nkyɛn na wɔabɛkotow wo.+

Wɔbɛbɔ wo mpae aka sɛ, ‘Ampa, Onyankopɔn ne wo na ɛwɔ hɔ,+

Na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn foforo biara nni hɔ.’”

15 Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a wode wo ho ahintaw,

O Israel Nyankopɔn, Ogyefo no.+

16 Wɔn nyinaa ani bewu na wɔn anim agu ase;

Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛnantew animguase mu.+

17 Nanso Israel de, Yehowa de daa nkwagye begye no.+

Mo ani renwu, na mo anim rengu ase da biara da.+

18 Efisɛ Yehowa,

Nea ɔbɔɔ ɔsoro,+ nokware Nyankopɔn no,

Nea ɔnwenee asaase, na ɔyɛe, na ɔde tim hɔ,+

Nea wammɔ no kwa* na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so+ no, n’anom asɛm ni:

“Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.

19 Mankasa wɔ ahintawee mu,+ asaase a esum wɔ so so;

Manka ankyerɛ Yakob asefo* sɛ,

‘Monhwehwɛ me kwa.’*

Mene Yehowa, nea ɔka asɛntrenee, na ɔka nea ɛteɛ.+

20 Mommoa mo ano na mommra.

Muntwiw mmɛn, mo a moaguan afi amanaman mu.+

Wɔn a wɔsoso ahoni a wɔde dua ayɛ

Na wɔbɔ onyame a ontumi nnye wɔn nkwa mpae no, wonnim hwee.+

21 Monkasa, momfa mo asɛm nto gua.

Momma wɔmmom ntu agyina.

Hena na ɔkaa eyinom too hɔ fi teteete,

Na ɔkaa ho asɛm fi tete?

Ɛnyɛ me Yehowa?

M’akyi no, Onyankopɔn foforo biara nni hɔ;

Onyankopɔn a ɔteɛ na ɔyɛ Agyenkwa,+ obiara nni hɔ sɛ me.+

22 Mo a mowɔ asaase afanan nyinaa, mommra me nkyɛn na munnya nkwa,+

Efisɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.+

23 Maka me ho ntam;

Asɛm no apue afi m’anom wɔ trenee mu,

Na ɛrensan:+

Me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me,

Tɛkrɛma nyinaa bɛka ntam sɛ wobedi nokware ama me+

24 Na wɔbɛka sɛ, ‘Ampa, Yehowa mu na trenee ne ahoɔden wɔ.

Wɔn a wɔn bo afuw no nyinaa de aniwu bɛba n’anim.

25 Yehowa mu na Israel asefo* nyinaa bedi bem,+

Na ne mu na wɔbɛhoahoa wɔn ho.’”

46 Bel butuw hɔ,+ na Nebo abɔ ne mu ase.

Wɔde wɔn ahoni asoa mmoa, wɔde asoa mmoa a wɔde wɔn soa nneɛma,+

Te sɛ nnesoa duruduru a wɔde asoa mmoa a wɔabrɛ.

 2 Wɔbɔ wɔn mu ase, na wɔbom butuw hɔ;

Wɔrentumi nnye wɔn nnesoa no,*

Na wɔn ankasa* nso, wɔbɛkyere wɔn akɔ.

 3 “Muntie me, O Yakob fi, ne mo a moaka wɔ Israel fi nyinaa,+

Mo a meboaa mo fii awo mu, na mesoaa mo fii yafunu mu no.+

 4 Enkosi wo mpanyinyɛ mu no, mete sɛnea mete;+

Enkosi sɛ wubefuw dwen no, mɛkɔ so aturu wo.

Sɛnea mayɛ no, meturu wo, mɛsoa wo, na magye wo.+

 5 Hena na mode me bɛtoto ne ho na ɔne me ayɛ pɛ, anaa mode no besusuw me,+

Na ɔne me asɛ?+

 6 Ebinom hwie sika kɔkɔɔ fi wɔn kotoku mu;

Wɔde nsenia* kari dwetɛ.

Wɔbɔ ɔtomfo paa, na ɔde yɛ onyame.+

Afei wɔbɔ wɔn mu ase, yiw, wɔsom no.*+

 7 Wɔma so de si wɔn kɔn ho;+

Wɔkɔsoɛ si ne sibea, na egyina faako; ɛnkeka ne ho.

Entumi ntu ne nan nkɔ baabiara.+

Wɔteɛm frɛ no, nanso emmua;

Ɛrentumi nnye obi mfi amanehunu mu.+

 8 Monkae eyi na munnya akokoduru.

Momfa nhyɛ mo komam,

mo mmaratofo.

 9 Monkae tete* nneɛma a atwam no

Sɛ mene Onyankopɔn,* na ɔfoforo biara nni hɔ.

Mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ a ɔte sɛ me.+

10 Mifi mfiase ka awiei asɛm,

Na mifi tete ka nea ensii;+

Meka sɛ, ‘Me gyinaesi* bɛba mu ɔkwan biara so,+

Na nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+

11 Mɛfrɛ ɔkɔre kɛse afi apuei,*+

Na mɛfrɛ ɔbarima bi afi akyirikyiri; ɔno na ɔbɛma me gyinaesi* aba mu.+

Makasa, na mɛma aba mu.

Mabɔ me tirim, na mɛyɛ nso.+

12 Muntie me, mo a mo koma apirim,

Mo a mo ne trenee ntam kwan ware.

13 Mama me trenee abɛn;

Enni akyiri koraa,

Na me nkwagye renka akyi.+

Mede nkwagye bɛba Sion, na mede m’anuonyam ama Israel.”+

47 Si fam na bɛtena mfuturu mu,

O Babilon babea, ɔbaabun.+

Tena fam, baabi a akongua* nni.+

O Kaldeafo babea,

Efisɛ nkurɔfo renkorɔkorɔ wo, na wɔrennyigye wo so bio da.

 2 Fa ɔbo* na yam hwiit.

Yi ade a ɛkata w’anim no.

Yi wo fam ataade ma wo nan ho ngu hɔ,

Na twa asu no.

 3 Wobeyi w’adagyaw so.

Wobehu w’animguase.

Metua wo ka,+ na onipa biara rentumi nsiw me kwan.*

 4 “Yɛn gyefo no,

Asafo Yehowa ne ne din;

Ɔno ne Israel Kronkronni no.”+

 5 Tena hɔ dinn, na kɔ sum mu,

O Kaldeafo babea;+

Wɔremfrɛ wo Ahenni ahorow so Ɔhemmaa* bio.+

 6 Me bo fuw me man.+

Miguu m’agyapade ho fĩ,+

Na mede wɔn hyɛɛ wo nsa.+

Nanso woanhu wɔn mmɔbɔ.+

Mpanyimfo mpo, wode kɔndua a emu yɛ duru too wɔn so.+

 7 Wokae sɛ: “Mɛyɛ Ɔhemmaa* daa.”+

Woannwen nea na woreyɛ no ho,

Na woanhwɛ nea ɛbɛkɔ akowie.

 8 Afei tie eyi, wo a wopɛ anigye+

A wɔabɔ wo ho ban, wo a woka wɔ wo komam sɛ:

“Obiara ne me nsɛ. M’akyi no, obiara nni hɔ bio.+

Merenyɛ okunafo,

Na me mma renwu da.”+

 9 Nanso nneɛma abien yi bɛba wo so prɛko pɛ; ɛbɛba da koro:+

Wo mma bewuwu na wobɛyɛ okunafo.

Eyinom nyinaa bɛba wo so,+

Efisɛ* w’asumansɛm dɔɔso, na wo kaberɛkyere ano yɛ den.+

10 Wode wo ho too wo bɔne so.

Wokae sɛ: “Obiara nhu me.”

Wo nyansa ne wo nimdeɛ na ama woayera,

Na woka wɔ wo komam sɛ: “Obiara ne me nsɛ. M’akyi no, obiara nni hɔ bio.”

11 Nanso mmusu bɛba wo so,

Na wo nnurusɛm no biara rentumi nsiw ano.*

Amanehunu bɛba wo so, na worentumi nsiw no kwan.

Ɔsɛe a wunhuu bi da bɛba wo so prɛko pɛ.+

12 Afei kɔ so, yɛ wo kaberɛkyere na di w’asumansɛm bebrebe no,+

Nea wufi wo mmofraase abrɛ ho no.

Ebia ɛbɛboa wo;

Ebia wode bɛbɔ nkurɔfo hu.

13 W’afotufo bebrebe no ama woabrɛ.

Ma wɔnsɔre seesei ara na wommegye wo,

Wɔn a wɔsom ɔsoro abɔde,* wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu,+

Wɔn a wɔhwɛ asram foforo,

A wɔka nea ɛbɛba wo so no.

14 Hwɛ! Wɔte sɛ aburow dua.

Ogya bɛhyew wɔn.

Wɔrentumi nnye wɔn ho* mfi ogya a ɛredɛw denneennen no mu.

Eyi nyɛ nsramma a wɔde ka wɔn ho hyew,

Na ɛnyɛ ogya a wɔtena ho.

15 Eyi na ɛbɛto wo kaberɛkyerefo no,

Wɔn a wo ne wɔn abrɛ fi wo mmofraase no.

Wɔde wɔn ti bɛpempem; obiara bɛfa ne kwan.*

Obiara nni hɔ a obegye wo.+

48 Muntie eyi, O Yakob fi,

Mo a mode Israel din ato mo so+

Na mufi Yuda nsu mu,*

Mo a mode Yehowa din ka ntam+

Na mofrɛ Israel Nyankopɔn no,

Nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu.+

 2 Wɔde kurow kronkron no din frɛ wɔn ho,+

Na wɔde wɔn ani ato Israel Nyankopɔn no so;+

Ɔno na ne din de asafo Yehowa.

 3 “Tete* nneɛma no, meka kyerɛɛ wo akyɛ.

Epue fii me ara m’anom,

Na mema wohui.+

Mekekaa me ho prɛko pɛ na ɛbae.+

 4 Esiane sɛ minim sɛ w’aso yɛ den,

Na wo kɔn yɛ dade ntini, na wo moma yɛ kɔbere+ nti,

 5 Meka kyerɛɛ wo akyɛ.

Ennya mmae no, mema wotee,

Na amma woanka sɛ, ‘Me bosom na ɛyɛe,

Me honi a wɔasen ne me dade honi* na ɛma ɛbae.’

 6 Moate na moahu eyi nyinaa.

Morenka ho asɛm anaa?+

Efi nnɛ merema moate nsɛm foforo,+

Nsɛm a wɔde asie a munnim ho hwee.

 7 Afei na merebɔ, na emfi tete.

Ɛyɛ biribi a wontee da, gye nnɛ,

Sɛnea ɛbɛyɛ a worentumi nka sɛ, ‘Hwɛ! Minim dedaw.’

 8 Daabi, wontee,+ na wunnim;

Tete no, na w’aso asisiw.

Efisɛ minim sɛ woyɛ okontomponi paa,+

Na wɔafrɛ wo mmaratofo fi awo mu.+

 9 Nanso me din nti, mɛtwentwɛn m’abufuw so;+

M’ayeyi nti, mɛhyɛ me ho so wɔ wo ho,

Na merenyi wo mfi hɔ.+

10 Hwɛ! Manan wo, nanso ɛnte sɛ dwetɛ.+

Masɔ wo ahwɛ* wɔ ahoyeraw fononoo* mu.+

11 Me din nti, me din nti na mɛyɛ.+

Adɛn nti na memma wongu me ho fĩ?+

Meremfa m’anuonyam mma obiara.*

12 Tie me, O Yakob, ne Israel a mafrɛ wo.

Mete sɛnea mete.+ Mene odikanfo, na me ara nso ne okyikafo.+

13 Me ara me nsa na ɛtoo asaase fapem,+

Na me nsa nifa na ɛtrɛw ɔsoro mu.+

Sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa sɔre gyina hɔ.

14 Mo nyinaa, mommoaboa mo ho ano, na muntie.

Wɔn mu hena na ɔde eyinom ato gua?

Yehowa dɔ no.+

Nea ɛsɔ n’ani na ɔde bɛyɛ Babilon,+

Na ne basa bɛba Kaldeafo so.+

15 Me ara na makasa, na mafrɛ no.+

Mede no aba, na ne kwan besi yiye.+

16 Muntwiw mmɛn me, na muntie eyi.

Efi mfiase pɛɛ menkaa biribiara wɔ ahintawee mu.+

Bere a esii no, na mewɔ hɔ.”

Na afei Awurade Tumfo Yehowa asoma me, ne ne honhom.*

17 Nea Yehowa, wo Gyefo, Israel Kronkronni no,+ se ni:

“Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn,

Nea ɔkyerɛkyerɛ wo ma esi wo yiye,*+

Nea ɔkyerɛ wo ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no.+

18 Sɛ wubetie me mmara nsɛm a,+

Anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten,+

Na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.+

19 Wo nkyirimma* bɛyɛ bebree sɛ anwea,

Na w’asefo ayɛ sɛ emu anwea mfuamfua.+

Wɔrentwa wɔn din nkyene, na wɔrenhyew wɔn ase mfi m’anim da.”

20 Mumfi Babilon!+

Munguan mfi Kaldeafo nkyɛn!

Momfa anigye nka ho asɛm! Momfa nto gua!+

Momma ennu asaase ano baabiara.+

Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+

21 Bere a ɔde wɔn nam anwea pradadaa so no, osukɔm anne wɔn.+

Ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn;

Ɔpaee ɔbotan mu maa nsu tuei.”+

22 “Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo,”+ Yehowa na waka.

49 Nsupɔw, muntie me;

Aman a mowɔ akyirikyiri, monyɛ aso.+

Yehowa frɛɛ me ansa na wɔrewo me.*+

Bere a mehyɛ me maame yam na ɔbɔɔ me din.

 2 Ɔmaa m’ano yɛe sɛ sekan a ano yɛ nnam;

Ɔde ne nsa bɔɔ me ho ban.*+

Ɔyɛɛ me sɛ agyan a wɔasew ano;

Ɔde me siee n’agyan kotoku mu.

 3 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “O Israel, woyɛ m’akoa,+

Wo na menam wo so beyi m’anuonyam adi.”+

 4 Nanso mekae sɛ: “Mabrɛ agu.

Masɛe m’ahoɔden wɔ biribi a mfaso nni so ho, adehunu ho.

Nanso minim paa sɛ Yehowa na obebu me atɛn,*

Na m’akatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.”+

 5 Na afei, Yehowa, Nea ɔyɛɛ me fii yafunu mu sɛ memmɛyɛ n’akoa no,

Ose memfa Yakob nsan mmrɛ no,

Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboaboa Israel ano aba ne nkyɛn.+

Wɔbɛhyɛ me anuonyam wɔ Yehowa anim,

Na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden.

 6 Na ɔkae sɛ: “Woyɛ m’akoa

A wobɛma Yakob mmusua so

Na wode Israelfo a wɔakora wɔn so no asan aba; nanso ɛnyɛ ɛno nko ara.

Masan de wo ayɛ hann ama amanaman no,+

Na ama me nkwagye akodu asaase ano.”+

7 Asɛm a Yehowa, Israel Gyefo, Israel Kronkronni+ no, aka akyerɛ nea wobu no animtiaa,*+ nea ɔman no kyi no, nea ɔyɛ atumfo akoa no ni:

“Ahemfo behu na wɔasɔre,

Na abirɛmpɔn bɛkotow

Esiane Yehowa a ɔyɛ ɔnokwafo,+

Israel Kronkronni no, nea wapaw wo no nti.”+

 8 Nea Yehowa aka ni:

“Adom* bere mu na mitiee wo,+

Nkwagye da na meboaa wo;+

Na mekɔɔ so bɔɔ wo ho ban sɛ mede wo bɛyɛ apam ama nnipa,+

Na woasiesie asaase no,

Na woama wɔasan anya wɔn agyapade a na asɛe no bio,+

 9 Na woaka akyerɛ wɔn a wogu afiase sɛ, ‘Mumpue mmra!’+

Na woaka akyerɛ wɔn a wɔwɔ sum mu+ no sɛ, ‘Munyi mo ho adi!’

Akwan ho na wobedidi,

Na anammɔnkwan nyinaa ho* bɛyɛ wɔn adidibea.

10 Ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm nso renne wɔn.+

Ɔhyew renne wɔn, na owia nso renhye wɔn,+

Efisɛ Nea ohu wɔn mmɔbɔ no bedi wɔn anim,+

Na ɔde wɔn bɛfa asuti ho.+

11 Mɛma me mmepɔw nyinaa adan ɔkwan,

Na mama m’akwantempɔn so akɔ soro.+

12 Hwɛ! Eyinom befi akyirikyiri aba,+

Na hwɛ! Eyinom befi atifi ne atɔe aba,

Na eyinom befi Sinim asaase so aba.”+

13 Ɔsoro, bɔ ose; asaase, di ahurusi.+

Momma mmepɔw mfa anigye mmɔ ose.+

Efisɛ Yehowa akyekye ne manfo werɛ,+

Na ohu wɔn a wɔrehu amane no mmɔbɔ.*+

14 Nanso Sion kɔɔ so kae sɛ:

“Yehowa apo me;+ Yehowa werɛ afi me.”+

15 Ɔbea werɛ betumi afi ne ba a otua nufu ano anaa?

Ne yam renhyehye no mma ne yam ba anaa?

Sɛ mmea yi werɛ befi mpo a, me de, me werɛ remfi wo da.+

16 Hwɛ! Makyerɛw* wo din agu me nsayam; ɛrempopa.

W’afasu wɔ m’anim daa.

17 Wo mma de ahoɔhare bɛsan aba.

Na wɔn a wodwiriw wo gui na wɔsɛee wo no befi wo nkyɛn akɔ.

18 Ma w’ani so na hwɛ wo ho hyia.

Wɔn nyinaa reboaboa wɔn ho ano.+

Wɔreba wo nkyɛn.

Na Yehowa aka sɛ: “Sɛ́ mete ase yi,

Wobɛhyɛ wɔn nyinaa te sɛ ataade a ɛyɛ fɛ,

Na wode wɔn ato wo kɔn mu sɛnea ayeforo de kɔnmuade to ne kɔn mu no.

19 Ɛwom sɛ wɔsɛee w’asaase, ɛdaa mpan, na ɛdan amamfo,+

Nanso afei de, ɛhɔ bɛyɛ ketewa ama wɔn a wɔte hɔ no,+

Na wɔn a wɔmenee wo no+ bɛkɔ akyirikyiri.+

20 Na mma a wowoo wɔn bere a wo mma wui no, wɔbɛka ama woate sɛ,

‘Ɛha sua dodo ma me.

Ma me baabi wɔ ha ntena.’+

21 Na wobɛka wɔ wo komam sɛ,

‘Hena na ɔwoo eyinom maa me?

Efisɛ meyɛ ɔbea a mahwere me mma na meyɛ obonin,

Na wotuu me fii m’asaase so kɔe, na mekɔyɛɛ ɔdeduani.

Hena na ɔtetee eyinom?+

Hwɛ! Ɛkaa me nko ara,+

Enti eyinom fi he?’”+

22 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:

“Hwɛ! Mɛma me nsa so akyerɛ amanaman,

Na mɛma m’ahyɛnsode* so akyerɛ aman.+

Wobeturu wo mma mmarima wɔ wɔn kokom.*

Na wɔde wo mma mmea asi akɔnkɔn aba.+

23 Ahemfo bɛhwɛ wo,+

Na wɔn ahemmaa ama wo nufu.

Wɔbɛkotow wo de wɔn anim abutubutuw fam,+

Na wɔataforo wo nan ase mfuturu;+

Na wubehu sɛ mene Yehowa;

Wɔn a wɔde wɔn ho to me so no ani renwu.”+

24 Wɔn a ɔsabarima akyere wɔn no, obi betumi agye wɔn afi ne nsam anaa?

Na wɔn a otirimɔdenfo akyere wɔn no, obi betumi agye wɔn anaa?

25 Nanso nea Yehowa aka ni:

“Wɔn a ɔsabarima akyere wɔn mpo, wobegye wɔn afi ne nsam,+

Na wɔn a otirimɔdenfo akyere wɔn no, wobegye wɔn.+

Nea ɔne wo di asi no, me ne no bedi asi,+

Na megye wo mma.

26 Mɛma wɔn a wɔteetee wo no awe wɔn ankasa honam,

Na wɔn ankasa mogya bɛbow wɔn te sɛ nsã* dɔkɔdɔkɔ.

Na nnipa* nyinaa behu sɛ mene Yehowa,+

W’Agyenkwa+ ne wo Gyefo,+

Yakob Tumfo no.”+

50 Nea Yehowa aka ni:

“Awaregyae krataa a mede gyaa mo maame aware no wɔ he?+

Na hena na mede no ka a enti metɔn mo maa no?

Hwɛ! Mo ara mo mfomso nti+ na wɔtɔn mo,

Na mo ara mo mmarato nti na wɔpam mo maame.+

 2 Adɛn nti na mebae no na obiara nni ha?

Na adɛn nti na mefrɛe no obiara annye so?+

Me nsa yɛ tiaa dodo sɛ ebegye mo anaa?

Anaa minni tumi a mede beyi mo?+

Hwɛ! Mede m’animka ma ɛpo yow;+

Mema nsubɔnten dan anweatam.+

Emu nam porɔw, nsu a enni mu nti,

Na osukɔm nti, wowuwu.

 3 Mede sum kata ɔsoro,+

Na mede awerɛhow ntama* yɛ ne nkataho.”

 4 Awurade Tumfo Yehowa ama me asuafo tɛkrɛma,*+

Na mahu asɛm a ɛfata* a mede bebua nea wabrɛ.*+

Onyan me anɔpa biara;

Onyan m’aso ma mitie te sɛ asuafo.+

 5 Awurade Tumfo Yehowa abue m’aso,

Na mantew atua.+

Mansan m’akyi.+

 6 Medan m’akyi maa wɔn a wɔhwee me,

Na mede m’afono maa wɔn ma wotutuu ho nwi nyinaa.*

Mamfa m’anim anhintaw animguase ne ntasu.+

 7 Nanso Awurade Tumfo Yehowa bɛboa me.+

Enti m’anim rengu ase.

Ɛno nti, mama m’anim ayɛ sɛ ɔbo a ɛyɛ den,+

Na minim sɛ m’ani renwu.

 8 Nea obu me bem no bɛn me.

Hena na obetumi abɔ me sobo?*+

Ɔmma yɛnsɔre nnyina hɔ.*

Hena na ɔne me wɔ asɛm?

Ma ɔmmɛn me.

 9 Hwɛ! Awurade Tumfo Yehowa bɛboa me.

Hena na obebu me fɔ?

Hwɛ! Wɔn nyinaa begow sɛ ntamagow.

Nwewemmoa bɛwe wɔn ama wɔasa.

10 Mo mu hena na osuro Yehowa,

Na otie n’akoa asɛm?+

Hena na wafa esum kabii mu a hann biara nni hɔ?

Ma ɔmfa ne ho nto Yehowa din so, na ɔmfa ne werɛ nhyɛ ne Nyankopɔn mu.

11 “Hwɛ! Mo a moasɔ gya,

A moma ogya dɛw nyinaa,

Monnantew mo gya no hann mu,

Ogya a moama ɛredɛw no.

Nea mubenya afi me nsam ni:

Ɔyaw mu na mobɛdeda hɔ.

51 “Muntie me, mo a mudi trenee akyi,

Mo a morehwehwɛ Yehowa.

Monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo fii mu

Ne baabi a wɔpae abo a wotuu mo fii no.

 2 Monhwɛ mo agya Abraham,

Na monhwɛ Sara+ a ɔwoo mo no.*

Bere a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ onipa baako pɛ.+

Ɛnna mihyiraa no ma ɔbɛyɛɛ pii.+

 3 Yehowa bɛkyekye Sion werɛ.+

Ɔbɛkyekye ne nkurow a asɛe nyinaa werɛ,+

Na ɔbɛma ne sare ayɛ sɛ Eden+

Na n’asaase pradadaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+

Anigye ne ahurusi,

Aseda ne nnwom a ɛyɛ dɛ bɛyɛ no ma.+

 4 O me nkurɔfo, muntie me;

Me man, monyɛ aso mma me.+

Na mmara befi me nkyɛn akɔ,+

Na mede m’atɛntrenee betim hɔ de ayɛ hann ama aman.+

 5 Me trenee abɛn.+

Me nkwagye befi adi,+

Na me basa bebu aman atɛn.+

Nsupɔw de wɔn ani bɛto me so,+

Na wɔbɛtwɛn me basa.*

 6 Momma mo ani so nhwɛ soro,

Na monhwɛ asaase wɔ fam.

Efisɛ ɔsoro behuw akɔ te sɛ wusiw,

Na asaase agow sɛ ntamagow.

Wɔn a wɔtete so no bewuwu te sɛ ntontom.

Nanso me nkwagye bɛtena hɔ daa,+

Na me trenee to rentwa da.*+

 7 Muntie me, mo a munim trenee,

Nnipa a me mmara* wɔ mo komam.+

Mommma onipa dasani adapaatwa mmmɔ mo hu,

Na mommma wɔn kasatia nntu mo koma.

 8 Efisɛ nwewemmoa bɛwe wɔn te sɛ ataade,

Na mmoawammoawa awe wɔn te sɛ ataade a wɔde oguan nwi ayɛ.+

Nanso me trenee bɛtena hɔ daa,

Na me nkwagye bɛtena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.”+

 9 O Yehowa basa,+ nyan! Nyan!

Fa ahoɔden hyɛ!

Nyan te sɛ nea woyɛe tete no, te sɛ nea woyɛe awo ntoatoaso a atwam no mu no.

Ɛnyɛ wo na wububuu Rahab*+ pasaa,

Na wode ade wɔɔ aboa kɛse a ɔda nsu mu no?+

10 Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo yowee, na nsu a emu dɔ mu nsu sae no?+

Ɛnyɛ wo na wopaee kwan too po ase maa wɔn a wɔagye wɔn no faa so twae?+

11 Wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba.+

Wɔde anigye kɛse bɛba Sion,+

Na ahurusidi bɛyɛ ahenkyɛw ama wɔn* daa.+

Anigye ne ahurusi ne wɔn bɛtena,

Na awerɛhow ne apinisi beguan.+

12 “Me ara na mɛkyekye mo werɛ.+

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wusuro onipa dasani a obewu+

Ne onipa ba a obetwintwam sɛ sare momono?

13 Adɛn nti na wo werɛ afi wo Yɛfo Yehowa,+

Nea ɔtrɛw ɔsoro mu+ na ɔtoo asaase fapem no?

Nea ɔhyɛ wo so* no abufuw nti, da biara da na wusuro,

Te sɛ nea ɔrebɛsɛe wo ara ni.

Seesei, ɛhe na nea ɔhyɛ wo so no abufuw wɔ?

14 Nea wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no ama ne mu akõa no, ɛrenkyɛ wobegyaa no;+

Ɔrenwu nkɔ amoa mu,

Na n’ano aduan remmɔ no.

15 Mene Yehowa, wo Nyankopɔn,

Nea ɔkanyan ɛpo ma n’asorɔkye bu fa so no.+

Asafo Yehowa ne ne din.+

16 Mede me nsɛm bɛhyɛ w’anom,

Na mede me nsa ase nwini bɛkata wo so,+

Na mede ɔsoro asi hɔ, na mato asaase fapem,+

Na maka akyerɛ Sion sɛ, ‘Wone me man.’+

17 Nyan! Nyan! Sɔre ɛ, O Yerusalem,+

Wo a woanom Yehowa abufuhyew kuruwa ano wɔ ne nsam.

Woanom kuruwa no ano;

Kuruwa a ɛma nnipa kɔ afã-afã no, woataforo mu nyinaa.+

18 Ne mma a ɔwoo wɔn no mu biara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ no kwan,

Na ne mma a ɔtetee wɔn no mu biara nni hɔ a obeso ne nsa.

19 Nneɛma abien yi na ato wo.

Hena na w’asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ?

Ɔsɛe ne amamfoyɛ, ɔkɔm ne sekan!+

Hena na ɔbɛkyekye wo werɛ?+

20 Wo mma atwitwa ahwe.+

Wɔdeda mmantwea* wɔ mmɔnten so baabiara

Te sɛ wuram guan a afiri ayi no.

Yehowa abufuhyew ne wo Nyankopɔn animka

amee wɔn.”

21 Enti mesrɛ wo tie eyi,

O ɔbea a wo ho yeraw wo, wo a woabow nanso ɛnyɛ nsã* na abow wo.

22 Nea wo wura Yehowa, wo Nyankopɔn a ɔko ma ne nkurɔfo aka ni:

“Hwɛ! Megye kuruwa a ɛma nnipa kɔ afã-afã no afi wo nsam,+

Kuruwa no, m’abufuhyew kuruwa no;

Worennom ano bio da.+

23 Mede bɛhyɛ wɔn a wɔhaw wo no nsam,+

Wɔn a wɔka kyerɛɛ wo* sɛ, ‘Butuw hɔ na yɛmfa wo so’ no!

Enti wode w’akyi yɛɛ sɛ fam,

Te sɛ kurom kwan ma wɔnantew so.”

52 O Sion,+ nyan! Nyan! Fa ahoɔden hyɛ!+

O Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’ataade fɛfɛɛfɛ no!+

Efisɛ nea wontwaa no twetia* ne nea ne ho ntew biara renwura wo mu bio.+

 2 O Yerusalem, poroporow wo ho mfuturu, sɔre na tena ase.

O Sion babea a wɔakyere wo, san nhama a ɛkyekyere wo kɔn no.+

 3 Na nea Yehowa aka ni:

“Wɔantɔn mo annye hwee,+

Na ɛnyɛ sika na wɔde begye mo.”+

 4 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:

“Me man dii kan sian kɔɔ Egypt kɔtenaa hɔ sɛ ahɔho;+

Na Asiria nso hyɛɛ wɔn so kwa.”

 5 “Enti afei, dɛn na menyɛ wɔ ha?” Yehowa asɛm ni.

“Efisɛ wɔfaa me man kwa.

Wɔn a wodi wɔn so no kɔ so hoahoa wɔn ho,”+ Yehowa asɛm ni.

“Na da biara da, da mũ nyinaa, wobu me din animtiaa.+

 6 Ɛno nti, me man behu me din;+

Ɛno nti, saa da no, wobehu sɛ me ara mene Nea ɔrekasa no.

Hwɛ, ɛyɛ me!”

 7 Nea ɔde asɛmpa nam mmepɔw so reba no, ne nan ase yɛ fɛ dodo!+

Nea ɔka asomdwoe asɛm,+

Nea ɔka adepa ho asɛmpa,

Nea ɔka nkwagye asɛm,

Nea ɔka kyerɛ Sion sɛ: “Wo Nyankopɔn abɛyɛ Ɔhene!”+

 8 Tie! W’awɛmfo ama wɔn nne so.

Wɔn nyinaa abom rebɔ ose,

Efisɛ Yehowa boaboa Sion ano ba a, wobehu no pefee.*

 9 Yerusalem kurow a asɛe, mo ani nnye, mommom mmɔ ose,+

Efisɛ Yehowa akyekye ne man werɛ;+ wagye Yerusalem.+

10 Yehowa ayi ne basa kronkron no ho wɔ aman nyinaa anim;+

Asaase so nnipa nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye.*+

11 Montwe mo ho, montwe mo ho, mumfi hɔ,+ mommfa mo nsa nnka biribiara a ɛho ntew!+

Mumfi ne mu,+ montew mo ho,

Mo a moso Yehowa anwenne.+

12 Na ɛnyɛ ahopopo na mode befi hɔ,

Na morenguan nso.

Efisɛ Yehowa bedi mo anim akɔ,+

Na Israel Nyankopɔn bedi mo akyi abɔ mo ho ban.+

13 Hwɛ! M’akoa+ de ntease* bɛyɛ ade.

Wɔbɛma no dibea a ɛwɔ soro,

Wɔbɛma no gyinabea a ɛkorɔn, na wɔbɛma no so papaapa.+

14 Nnipa pii a wohuu no no ho dwiriw wɔn,

Efisɛ wɔsɛee n’anim sen onipa biara de,

Na wɔsɛee ne nipaban sen onipa de;

15 Enti ɔno nso bɛma aman pii abɔ hu.+

Ahemfo bɛka wɔn ano atom* wɔ n’anim,+

Efisɛ nea wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wobehu,

Na nea wɔntee da no, wɔbɛte.+

53 Hena na wagye nea wate afi yɛn nkyɛn no adi?+

Na hena na wɔayi Yehowa basa akyerɛ no?+

 2 Ɔbɛyɛ sɛ dua a afifi+ wɔ n’anim,* te sɛ ntini wɔ asaase a ɛso awo so.

Ɔnyɛ onipa a odi mu, na onni anuonyam biara,+

Na yehu no a, biribiara nni ne ho a ɛbɛma yɛaka akɔ ne ho.*

 3 Nnipa buu no animtiaa, na wɔpoo no;+

Ɔyɛ onipa a ohuu yaw na ohuu sɛnea yare te.

Ná ɛte sɛ nea wɔde n’anim ahintaw yɛn.*

Nnipa buu no animtiaa, na yɛamfa no anyɛ hwee.+

 4 Nokwarem no, ɔno na ɔsoaa yɛn nyarewa,+

Na ogyee yɛn yaw hyɛɛ ne ho.+

Nso yebuu no sɛ obi a Onyankopɔn atwe n’aso, wahwe no, na wama ne ho ayeraw no.

 5 Nanso yɛn mmarato nti+ na wɔde ade wɔɔ no;+

Yɛn mfomso nti na wobubuu no.+

Ogyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoe,+

N’akuru nti, wɔsaa yɛn yare.+

 6 Yɛn nyinaa afom kwan te sɛ nguan;+

Obiara afa ne kwan.

Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abegu no so.+

 7 Wɔhyɛɛ no ahometew,+ na ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani,+

Nanso wammue n’ano.

Wɔde no kɔe te sɛ oguan a wɔrekokum no,+

Te sɛ oguan a wɔretwitwa ne nwi a wayɛ komm,

Na wammue n’ano.+

 8 Wɔhyɛɛ no so, na wɔde no kɔe a wɔammu atɛntrenee amma no;

Na hena na ɔbɛhaw ne ho sɛ obehu n’awo ntoatoaso?*

Wotwaa no fii ateasefo asaase so;+

Me man mmarato nti na wɔboroo no.*+

 9 Na owui no, wosiee no wɔ abɔnefo+

Ne asikafo* asiei,+

Ɛwom sɛ wanyɛ bɔne* biara,

Na na nnaadaa biara nni n’anom.+

10 Nanso, na ɛsɔ Yehowa ani* sɛ obebubu no, enti ɔma ɔyaree.

Sɛ wode ne nkwa* bɛma sɛ afodi afɔre+ a,

Obehu n’asefo,* ɔbɛma ne nna akyɛ,+

Na ɛnam no so na nea ɛsɔ Yehowa ani* begyina.+

11 Obehu n’amanehunu,* na ne koma atɔ ne yam.

M’akoa+ a ɔyɛ treneeni no nam ne nimdeɛ so

Bɛma nnipa pii anya trenee gyinabea,+

Na wasoa wɔn bɔne.+

12 Ɛno nti, mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu,

Na ɔne mmarima a wonim ko akyɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɔko mu,

Efisɛ ɔde ne nkwa* too hɔ maa owu,+

Na wɔkan no fraa mmaratofo;+

Ɔsoaa nnipa pii bɔne,+

Na ogyinaa mu maa mmaratofo.+

54 “Obonin a wonwoe, di ahurusi!+

Wo a wontee awo yaw da,+ ma w’ani nnye na bɔ ose,+

Efisɛ ɔbea a wɔapo no no mma mmarima* dɔɔso

Sen nea ɔwɔ kunu* no de,”+ Yehowa asɛm ni.

 2 “Trɛw wo ntamadan mu.+

Ma wo ntamadan kɛse no ntama mu ntrɛw.

Twe mu ara. Ma wo ntamadan nhama nyɛ atenten,

Na nnua a wode bɛbobɔ wo ntamadan mu atim fam no, ma emu nyɛ den.+

 3 Efisɛ wobɛtrɛtrɛw akɔ nifa ne benkum.

Wo mma bɛfa aman adi so,

Na wɔbɛkyekye nkurow a asɛe na wɔatena mu.+

 4 Nsuro,+ efisɛ w’anim rengu ase;+

Mma w’ani nnwu, na wo nsa rensi fam.

Efisɛ wo werɛ befi wo mmabaaberem aniwu,

Na worenkae wo kunayɛ mu animguase bio.”

 5 “Na wo Yɛfo Kɛse+ no te sɛ wo kunu,*+

Asafo Yehowa ne ne din,

Na Israel Kronkronni no ne wo Gyefo.+

Wɔbɛfrɛ no asaase nyinaa Nyankopɔn.+

 6 Yehowa frɛɛ wo te sɛ ɔbea a ne kunu apo no ama ɔredi awerɛhow,*+

Te sɛ ɔbea a ɔwaree wɔ ne mmabaaberem na wɔapo no,” wo Nyankopɔn na waka.

 7 “Mepoo wo bere tiaa bi,

Nanso mede mmɔborɔhunu kɛse bɛboaboa wo ano asan aba.+

 8 Bere a me bo fuwii no,* mede m’anim hintaw wo bere tiaa bi,+

Nanso me dɔ a enni huammɔ a ɛwɔ hɔ daa nti, mehu wo mmɔbɔ,”+ wo Gyefo+ Yehowa na waka.

 9 “Eyi te sɛ Noa nna no ma me.+

Sɛnea maka ntam sɛ Noa nsu no renkata asaase so bio no,+

Saa ara na mereka ntam sɛ, me bo remfuw wo bio, na merenka w’anim bio.+

10 Mmepɔw befi hɔ,

Na nkoko behinhim,

Nanso me dɔ a enni huammɔ remfi wo so,+

Na m’asomdwoe apam nso renhinhim,”+ Yehowa a ohu wo mmɔbɔ no na waka.+

11 “O ɔbea a wo ho yeraw wo,+ wo a mframa abɔ wo a wunni awerɛkyekye biara,+

Mede dɔte* a ɛyɛ den bɛhyehyɛ w’abo,

Na mede hoabo+ bɛto wo fapem.

12 W’aban atifi no, aboɔden abo kɔkɔɔ na mede besi,

Na mede abo a etwa yerɛwyerɛw* bɛyɛ wo kurow apon,

Na mede abo a ne bo yɛ den ato w’ahye nyinaa.

13 Yehowa bɛkyerɛkyerɛ wo mma mmarima* nyinaa,+

Na wo mma mmarima* asomdwoe bɛdɔɔso.+

14 W’ase betim wɔ trenee mu.+

Wo ne nhyɛso ntam bɛware,+

Worensuro hwee, na biribiara remmɔ wo hu,

Efisɛ ɛremmɛn wo.+

15 Sɛ obi bɛtow hyɛ wo so a,

Ɛnde na emfi me.

Obiara a ɔbɛtow ahyɛ wo so no, wo nti ɔbɛhwe ase.”+

16 “Hwɛ! Me ara na mebɔɔ ɔtomfo,

Nea ohuw gya* mu,

Na ɔyɛ akode no.

Me ara nso na mebɔɔ ɔsɛefo sɛ ɔnsɛe ade.+

17 Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye,+

Na tɛkrɛma biara a ɛbɛkasa atia wo wɔ atemmu mu no, wubebu no fɔ.

Eyi ne Yehowa asomfo agyapade,

Na wɔn trenee fi me,” Yehowa na waka.+

55 Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,+ mommra nsu ho!+

Mo a munni sika, mommra, mommɛtɔ, na munni!

Mommra, mommɛtɔ nsã* ne nufusu;+ ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na bo biara nna so.+

 2 Adɛn nti na mokɔ so tew sika tɔ nea ɛnyɛ aduan,

Na adɛn nti na mosɛe sika a moabrɛ anya* wɔ biribi a ɛmmee ho?

Monyɛ aso ntie me, na munni adepa,+

Na mubedi* aduan pa* ama mo ani agye paa.+

 3 Monyɛ aso na mommra me nkyɛn.+

Muntie, na mubenya* nkwa,

Na sɛnea ɛte biara me ne mo bɛyɛ daa apam;+

Ɛfa ɔdɔ a enni huammɔ a mehyɛɛ Dawid bɔ sɛ mɛda no adi akyerɛ no no ho. Saa bɔhyɛ no, sɛnea ɛte biara, ɛbɛba mu.*+

 4 Hwɛ! Mede no yɛɛ ɔdansefo+ maa amanaman,

Amanaman panyin+ ne ɔsahene.+

 5 Hwɛ! Wobɛfrɛ ɔman a wunnim wɔn,

Na ɔman a wonnim wo de mmirika bɛba wo nkyɛn,

Yehowa wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni no nti,+

Efisɛ ɔbɛhyɛ wo anuonyam.+

 6 Monhwehwɛ Yehowa bere a mubehu no.+

Momfrɛ no bere a ɔbɛn yi.+

 7 Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+

Na onipabɔnefo nsakra n’adwene;

Ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+

Ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde bɛkyɛ no aboro so.*+

 8 “Efisɛ ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene,+

Na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan,” Yehowa asɛm ni.

 9 “Na sɛnea ɔsoro korɔn sen asaase no,

Saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan,

Na m’adwene korɔn sen mo adwene.+

10 Sɛnea osu ne sukyerɛmma tɔ fi soro gu fam

Na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asaase ma nneɛma fifi na ɛsow,

Na ogufo nya aba, na odifo nya aduan no,

11 Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ.+

Ɛrensan mma me nkyɛn kwa.+

Mmom, sɛnea ɛte biara, ɛbɛyɛ nea mepɛ,+

Na nea ɛbɛyɛ biara, ebewie nea enti a mesomaa no no.

12 Mode anigye bɛkɔ,+

Na wɔde mo bɛba asomdwoe mu.+

Mmepɔw ne nkoko de anigye bɛbɔ ose wɔ mo anim,+

Na wuram nnua nyinaa abɔ wɔn nsam.+

13 Na ɔpopaw dua befifi wɔ nsɔe ananmu.+

Dua a ɛyɛ huam befifi wɔ nsasono ananmu.

Na ebegye din ama Yehowa,+

Na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne daa a ɛrensɛe da.”

56 Nea Yehowa aka ni:

“Mummu atɛntrenee+ na monyɛ adetrenee.

Efisɛ ɛrenkyɛ, me nkwagye bɛba

Na meyi me trenee adi.+

 2 Anigye ne onipa a odi eyinom so,

Ne onipa dasani a okura mu denneennen,

Na odi Homeda a ongu ho fĩ,+

Na ɔhwɛ ne nsa yiye na wanyɛ bɔne biara.

 3 Ɔhɔho a waba Yehowa nkyɛn no,+ ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ,

‘Sɛnea ɛte biara Yehowa beyi me afi ne nkurɔfo mu.’

Na ɛnsɛ sɛ ɔbarima a wɔasa no ka sɛ, ‘Hwɛ! Meyɛ dua a awu.’”

4 Efisɛ nea Yehowa aka akyerɛ mmarima a wɔasa wɔn a wodi me homeda na wɔpaw nea mepɛ na wokura m’apam mu denneennen ni:

 5 “Mɛma wɔn nkaedum ne edin wɔ me fi ne m’afasu mu,

Biribi a ɛsen mma mmarima ne mma mmea.

Mɛma wɔn edin a ɛwɔ hɔ daa,

Nea ɛrensɛe da.

 6 Na ahɔho a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no

Na wɔadɔ Yehowa din,+

Na wɔayɛ n’asomfo,

Wɔn a wodi Homeda a wongu ho fĩ

Na wokura m’apam mu denneennen nyinaa no,

 7 Me nso mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron no so+

Na mama wɔadi ahurusi wɔ me mpaebɔ fi.

Wɔn hyew afɔre ne wɔn afɔre ahorow nyinaa, wobegye wɔ m’afɔremuka so.

Na wɔbɛfrɛ me fi mpaebɔ fi ama aman nyinaa.”+

8 Nea Awurade Tumfo Yehowa a ɔreboaboa Israelfo a wɔahwete ano no+ aka ni:

“Mɛboaboa nnipa foforo ano aka ne nkurɔfo a maboaboa wɔn ano dedaw no ho.”+

 9 Wuram mmoa nyinaa, kwae mu mmoa nyinaa,

Mommra mmedidi.+

10 N’awɛmfo yɛ anifuraefo.+ Wɔn mu biara nnim nea ɛrekɔ so.+

Wɔn nyinaa yɛ nkraman mum; wontumi mpow.+

Wɔhome hahyeehahyee, na wɔdeda hɔ; nea wɔpɛ ara ne sɛ wɔbɛtɔ nko.

11 Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduan paa;*

Wodidi a wɔmmee.

Na wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni ntease.+

Obiara afa ɔno ara ne kwan so;

Wɔn mu biara pɛ mfaso bɔne, na wɔka sɛ:

12 “Mommra, momma memfa nsã* kakra mmra,

Na momma yɛnwe nsã.*+

Ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ; ɛbɛyɛ dɛ koraa akyɛn nnɛ!”

57 Ɔtreneeni ayera,

Nanso ɛmfa obiara ho.

Wɔafa nnipa anokwafo kɔ,*+

Na obiara nnwen ho sɛ wɔafa ɔtreneeni kɔ

Esiane mmusu no nti.*

 2 Ɔkɔ asomdwoe mu.

Wɔhome wɔ wɔn mpa so,* wɔn a wɔnam trenee mu nyinaa.

 3 “Nanso mo de, muntwiw mmɛn,

Mo a moyɛ ɔbea sumanni mma,

Mo a moyɛ ɔwaresɛefo ne tuutuuni asefo:

 4 Hena na moredi ne ho agoru no?

Hena na moatɛɛ mo anom wɔ ne so, na moatwe mo tɛkrɛma yi?

Ɛnyɛ mo na moyɛ bɔne mma

Ne atoro asefo no?+

 5 Ɛnyɛ mo na nna ho akɔnnɔ ahyɛ mo mã wɔ nnua akɛse ntam+

Ne dua biara a ayɛ kusuu ase no?+

Ɛnyɛ mo na mukum mmofra wɔ abon* mu+

Ne abotan mu ntokuru mu no?

 6 Subon mu abo a ɛho yɛ toromtorom ne wo kyɛfa.+

Na ɛno na wofae.

Wugu afɔrebɔ nsã mpo wɔ so, na wode akyɛde gu so.+

Menka me koma nto me yam* wɔ eyinom ho anaa?

 7 Mmepɔw atenten a ɛkorɔn so na wotoo wo mpa.+

Na woforo kɔɔ hɔ kɔbɔɔ afɔre.+

 8 Wode wo nkae ade sii ɔpon ne apongua akyi.

Wugyaw me hɔ, na wuyii wo ho;

Woforoe, na wotrɛw wo mpa mu.

Na wo ne wɔn yɛɛ apam.

W’ani gyee ho sɛ wobɛda wɔn mpa so,+

Na wohwɛɛ wɔn mmarima dua.*

 9 Wode ngo sian kɔɔ Melek,*

Na wode sradehuam bebree kaa ho.

Wosomaa nnipa kɔɔ akyirikyiri,

Na wusian kɔɔ Ɔdamoa* mu.

10 Wode wo ti apempem wɔ w’akwan dodow no mu.

Nanso woanka sɛ: ‘Ɛyɛ ɔbrɛ hunu!’

Wunyaa ahoɔden foforo.

Ɛno nti na wompa abaw* no.

11 Hena na ne ho yɛɛ wo hu na wusuroo no

A enti wufii ase dii atoro yi?+

Woankae me.+

Na woamfa hwee ansie wo koma mu.+

Mayɛ komm, na mapɛ me baabi atena.*+

Ɛno nti wunsuro me.

12 Mɛma wo ‘trenee’+ ne wo nnwuma ada adi,+

Na ɛso remma wo mfaso.+

13 Sɛ wusu hwehwɛ mmoa a,

Abosom a woaboa wɔn ano no rennye wo.+

Mframa behuw wɔn nyinaa akɔ,

Na hwenem mframa kɛkɛ de wɔn nyinaa bɛkɔ.

Nanso nea obeguan atoa me no benya asaase no atena so,

Na ɔbɛfa me bepɔw kronkron no.+

14 Na wɔbɛka sɛ, ‘Mompae kwan, mompae kwan! Munsiesie kwan mu!+

Munyi akwanside biara mfi me man kwan mu.’”

15 Nea Ɔkorɔn na ɔyɛ Kɛse,

Nea ɔte ase daa*+ a ne din yɛ kronkron+ no asɛm ni:

“Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,+

Me ne wɔn a wɔabubu ne mmɔborɔwafo na ɛte,

Sɛ mɛma mmɔborɔwafo agyina wɔn nan so bio,

Na mama wɔn a wɔabubu no koma asan anya ahoɔden.+

16 Me ne wɔn renni asi daa,

Me bo remfuw afebɔɔ;+

Me nti, nnipa* behodwow,+

Abɔde a ɛhome a mayɛ wɔn nyinaa mpo.

17 Ne bɔne, ne mfaso bɔne+ a odi akyi nti, me bo fuwii.

Enti mebɔɔ no, na mede m’anim hintawee, na me bo fuwii.

Nanso ɔkɔɔ so nantewee sɛ ɔkobɔfo,+ odii ne koma akyi.

18 Mahu n’akwan,

Nanso mɛsa no yare+ na madi n’anim.+

Na mɛsan ama ɔne wɔn a wɔne no redi awerɛhow+ no anya awerɛkyekye.”+

19 Yehowa aka sɛ: “Mede ayeyi bɛhyɛ obi anom.*

Nea ɔwɔ akyirikyiri ne nea ɔbɛn benya asomdwoe daa,+

Na mɛsa no yare.”

20 “Nanso abɔnefo te sɛ po a ɛrebu fa so a entumi nyɛ komm,

Na emu nsu kɔ so puw wura ne atɛkyɛ.

21 Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo,”+ me Nyankopɔn na waka.

58 “Teɛm denneennen; ntwentwɛn wo nan ase!

Ma wo nne nnyigye sɛ abɛn.

Ka me man atuatew kyerɛ wɔn,+

Na ka Yakob fi bɔne kyerɛ wɔn.

 2 Wɔhwehwɛ me da biara da,

Na wɔn ani gye+ ho sɛ wobehu m’akwan,

Wɔayɛ wɔn ho sɛ ɔman a wodi asɛntrenee

A wɔmpoo wɔn Nyankopɔn atɛntrenee.+

Wobisa atɛntrenee fi me nkyɛn,

Na wɔn ani gye ho sɛ wobetwiw abɛn Onyankopɔn:

 3 ‘Adɛn nti na yɛyɛ akɔnkyen* na wunhu?+

Na adɛn nti na yedi* awerɛhow na ɛmfa wo ho yi?’+

Efisɛ ɛda a moyɛ akɔnkyen no, moyɛ nea mopɛ,*

Na moteetee mo adwumayɛfo.+

 4 Sɛ moyɛ akɔnkyen a, ekowie akasakasa ne ntɔkwaw mu,

Na mobobɔ akuturuku atirimɔden so.

Sɛ moyɛ akɔnkyen sɛnea moyɛ no nnɛ yi a, ɛnyɛ ade a wɔbɛte mo nne wɔ soro.

 5 Sɛɛ na ɛsɛ sɛ moyɛ akɔnkyen a maka sɛ monyɛ no anaa?

Ɛsɛ sɛ mode yɛ ɛda a obi di awerɛhow,*

Na osi ne ti ase te sɛ sare tenten,

Na ɔde awerɛhow ntama* ne nsõ yɛ ne mpa anaa?

Eyi na mofrɛ no akɔnkyen ne ɛda a Yehowa ani sɔ no?

 6 Daabi, akɔnkyen a mepɛ ni:

Ɛne sɛ mobɛsansan nkɔnsɔnkɔnsɔn a mode mia nkurɔfo atirimɔden so no,

Na moayi kɔndua nhama,+

Na moama wɔn a wɔteetee wɔn no afa wɔn ho adi,+

Na moabubu kɔndua biara mu;

 7 Ɛne sɛ mo ne nea ɔkɔm de no bɛkyɛ mo aduan,+

Na mode ahiafo ne wɔn a wonni baabi te akɔ mo fi,

Muhu sɛ obi da adagyaw a, mobɛkata ne ho,+

Na moremfa mo ho nhintaw mo nua.

 8 Ɛba saa a, mo hann bɛhyerɛn sɛ adekyee,+

Na mo ayaresa bɛba ntɛm.

Mo trenee bedi mo anim,

Na Yehowa anuonyam bedi mo akyi abɔ mo ho ban.+

 9 Afei wobɛfrɛ, na Yehowa begye so;

Wubesu ahwehwɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ, ‘Mini!’

Sɛ wuyi kɔndua fi wo mu,

Na wugyae wo nsa a wode kyerɛkyerɛ nkurɔfo so ne kasatia,+

10 Sɛ wode nea wo kɔn dɔ* ma nea ɔkɔm de no,+

Na woma nea ne werɛ ahow* mee a,

Ɛnde esum mu mpo, wo hann bɛhyerɛn,

Na wo sum kabii bɛyɛ sɛ awia ketee.+

11 Yehowa bedi w’anim daa,

Na ɔbɛma woamee* wɔ asaase a ɛso awo mpo so;+

Ɔbɛma wo nnompe mu ayɛ den,

Na woayɛ sɛ turo a nsu nam mu yɔɔ,+

Te sɛ asuti a emu nsu rensa da.

12 Wo nti nnipa bɛkyekye tete nkurow a asɛe,+

Na awo ntoatoaso a atwam no, wobɛsan ato wɔn fapem.+

Na wɔbɛfrɛ wo ɔyɛ-afasu-yiye,*+

Nea osiesie akwan ma wɔtena ho.

13 Sɛ Homeda nti woanyɛ nea wopɛ,* wɔ me da kronkron no mu,+

Na wofrɛ Homeda sɛ anigyede, Yehowa da kronkron, ɛda a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no anuonyam,+

Na wohyɛ no anuonyam, na woanyɛ nea wopɛ, na woankeka nsɛnhunu a,

14 Ɛnde wubedi ahurusi wɔ Yehowa mu,

Na mɛma woafa asaase so mmepɔw ne nkoko so.+

Na mɛma woadidi wo nana Yakob agyapade so,+

Efisɛ Yehowa ano na aka.”

59 Hwɛ! Yehowa nsa nyɛ tiaa sɛ ebegye nkwa,+

Na n’asom nso nyɛ den* sɛ ɛbɛte asɛm.+

 2 Mmom, mo ara mo mmarato na ama mo ne Onyankopɔn ntam atetew.+

Mo bɔne nti, ɔde n’anim ahintaw mo,

Na ontie mo.+

 3 Mogya akeka mo nsam,+

Na bɔne agu mo nsateaa ho fĩ.

Mo ano ka atosɛm,+ na mo tɛkrɛma ka nea ɛnteɛ.

 4 Obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ trenee,+

Na obiara nni hɔ a ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛka nokware wɔ asɛnnibea.

Wɔde wɔn ho to biribi a mfaso nni so*+ so, na wɔkeka nsɛnhunu.

Wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu.+

 5 Ɔwɔ a n’ano wɔ bɔre nkosua na wɔpae,

Na wɔnwene ananse ntentan.+

Obiara a odi wɔn nkosua no bewu,

Na sɛ wutia kosua no so a, ɛpae ahurutoa.*

 6 Wɔn ntentan rentumi nyɛ ataade,

Na nea wɔyɛ no nso, wɔrentumi mfa nkata wɔn ho.+

Wɔn nnwuma yɛ mmusu,

Na awudisɛm wɔ wɔn nsam.+

 7 Wɔn nan tu mmirika kɔyɛ bɔne,

Na wɔyɛ ntɛm hwie nnipa a wɔn ho nni asɛm mogya gu.+

Wɔn adwene nyinaa yɛ adwemmɔne;

Ɔsɛe ne ahoyeraw wɔ wɔn akwan so.+

 8 Wonnim asomdwoe kwan,

Na atɛntrenee nni wɔn akwan mu.+

Wɔakyeakyea wɔn akwan,

Na obiara a ɔfa so no renhu asomdwoe.+

 9 Ɛno nti na atɛntrenee ne yɛn ntam kwan aware,

Na trenee nto yɛn no.

Yɛhwɛ kwan sɛ yebenya kanea, nanso hwɛ! esum na ɛba;

Yɛhwɛ kwan sɛ yebenya hann, nanso yɛkɔ so nantew sum tumm mu.+

10 Yɛde yɛn nsa keka ban ho te sɛ anifuraefo,

Yɛde yɛn nsa keka nneɛma te sɛ wɔn a wonni ani.+

Yehintiw awia ketee te sɛ nea yɛnam anadwo sum mu;

Yɛwɔ ahoɔdenfo mu a, na yɛayɛ sɛ awufo.

11 Yɛn nyinaa kɔ so pow te sɛ asisi,

Na yesũ mmɔbɔmmɔbɔ te sɛ mmuruburuw.

Yɛtwɛn atɛntrenee, nanso ebi nni hɔ;

Yɛhwɛ nkwagye kwan, nanso ɛmmɛn yɛn koraa.

12 Efisɛ yɛn atuatew dɔɔso wɔ w’anim;+

Na yɛn bɔne biara di adanse tia yɛn.+

Yenim yɛn atuatew,

Na yɛn bɔne nso, yenim.+

13 Yɛato mmara, na yɛapo Yehowa;

Yɛadan yɛn akyi akyerɛ yɛn Nyankopɔn.

Nhyɛso ne atuatew na yɛka ho asɛm;+

Yesusuw atosɛm wɔ yɛn komam, na nkontomposɛm pue fi yɛn anom.+

14 Wɔapam atɛntrenee kɔ n’akyi,+

Na adetrenee akogyina akyirikyiri;+

Efisɛ nokware ahwe ase wɔ gua so,

Na nea ɛteɛ ntumi mma hɔ.

15 Nokware ayera,+

Na obiara a ɔtwe ne ho fi bɔne ho no, wɔsesaw ne nneɛma fa.

Yehowa hui, na n’ani annye ho,*

Efisɛ na atɛntrenee biara nni hɔ.+

16 Ohui sɛ obiara nni hɔ,

Na ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ɔkamafo biara nni hɔ.

Enti ɔno ara n’abasa de nkwagye bae,*

Na ɔno ara ne trenee hyɛɛ no den.

17 Ɛnna ɔhyɛɛ trenee sɛ dade ataade,

Na ɔde nkwagye* dade kyɛw hyɛɛ ne ti.+

Ɔhyɛɛ aweredi sɛ n’ataade,+

Na ɔhyɛɛ ahokeka sɛ ataade nguguso.*

18 Nea wɔayɛ no, wɔbɛma wɔn ɛho akatua:+

Wɔn a wokyi no no benya n’abufuw; n’atamfo benya asotwe.+

Na nsupɔw nso, obetua wɔn ka.

19 Na wobesuro Yehowa din afi atɔe,*

Na wɔahyɛ no anuonyam afi apuei.*

Na ɔbɛba sɛ asubɔnten a ɛrebu fa so

A Yehowa honhom repia no.

20 “Ogyefo+ no bɛba Sion,+

Ɔbɛba Yakob mu nnipa a wɔasan afi bɔne ho no nkyɛn,”+ Yehowa na waka.

21 “Na me de, eyi ne apam a me ne wɔn ayɛ,”+ Yehowa asɛm ni. “Me honhom a ɛwɔ wo so ne me nsɛm a mede ahyɛ w’anom no remfi w’anom anaa wo mma* anom anaa wo mma mma* anom fi nnɛ kosi daa,” Yehowa na waka.

60 “O ɔbea, sɔre+ na hyerɛn, efisɛ wo hann apue.

Yehowa anuonyam ahyerɛn wo so.+

 2 Hwɛ! Esum bɛkata asaase so,

Na esum kabii akata amanaman so;

Nanso wo de, Yehowa bɛhyerɛn wo so,

Na wobehu n’anuonyam wɔ wo so.

 3 Aman bɛba wo hann ho,+

Na ahemfo+ aba w’anuonyam a ɛhyerɛn no ho.*+

 4 Ma w’ani so, na hwɛ wo ho nyinaa hyia!

Wɔaboaboa wɔn nyinaa ano; wɔreba wo nkyɛn.

Wo mma mmarima fi akyirikyiri; ba ara na wɔreba,+

Na wɔde wo mma mmea bɛbobɔ wɔn nkyɛnmu.+

 5 Saa bere no, wubehu na w’ani agye,+

Na wo koma behuruhuruw na adi ahurusi,

Efisɛ wɔbɛma ɛpo mu ahonyade aba wo nkyɛn,

Na amanaman ahode bɛba wo nkyɛn.+

 6 Yoma bɛyɛ manyamanya akata w’asaase* so,

Midian ne Efa+ yomanini nkumaa.

Wɔn a wofi Saba nyinaa bɛba;

Wɔbɛsoa sika kɔkɔɔ ne ɛhyɛ.*

Wɔbɛka Yehowa ayeyi akyerɛ.+

 7 Wɔbɛboaboa Kedar+ nguan nyinaa ano abrɛ wo.

Na Nebaiot+ adwennini bɛsom wo.

Megye wɔn atom ama wɔaba m’afɔremuka so,+

Na mɛma m’anuonyam fi* no ayɛ fɛ.+

 8 Henanom na wotu ba sɛ omununkum yi,

Te sɛ mmuruburuw a wɔreba wɔn buw mu yi?

 9 Me na nsupɔw de wɔn ani bɛto me so,+

Na Tarsis ahyɛn bedi anim,*

Na ɛde wo mma afi akyirikyiri aba,+

Wɔne wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ.

Wɔde rebrɛ Yehowa wo Nyankopɔn din ne Israel Kronkronni no,

Efisɛ ɔno na ɔbɛhyɛ wo anuonyam.*+

10 Ahɔho bɛto w’afasu,

Na wɔn ahemfo bɛsom wo.+

M’abufuw mu na mebɔɔ wo,

Nanso m’adom mu na mehu wo mmɔbɔ.+

11 Wobebuebue w’apon ato hɔ daa;+

Wɔrentoto mu awia anaa anadwo.

Wɔde aman ahode bɛbrɛ wo,

Na wɔn ahemfo bedi anim.+

12 Ɔman anaa ahenni biara a ɛrensom wo no bɛsɛe;

Na wɔbɛsɛe aman no pasapasa.+

13 Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn,+

Ɔpopaw dua ne ɔsɛsɛ dua ne kwabɔhɔrɔ dua nyinaa bɛbom aba,+

Na ɛbɛma me tenabea kronkron ayɛ fɛ;

Mɛhyɛ baabi a me nan si no anuonyam.+

14 Wɔn a wɔteetee wo no, wɔn mma bɛba abɛkotow w’anim;

Wɔn a wɔmfa wo nyɛ hwee no, wɔn nyinaa bɛkotow wo nan ase,

Na wɔbɛfrɛ wo Yehowa kurow,

Israel Kronkronni no Sion.+

15 Wo a anka wɔagyaw wo koraa, na wɔtan wo, a obiara mfa wo kwan so no,+

Mɛma nkurɔfo de wo ahoahoa wɔn ho daa,

Na wo nti, awo ntoatoaso nyinaa bedi ahurusi.+

16 Wobɛnom amanaman nufusu,+

Na woanum ahemfo nufu;+

Na wubehu sɛ me, Yehowa, mene w’Agyenkwa,

Na Yakob Tumfo no ne wo Gyefo.+

17 Mede sika kɔkɔɔ besi kɔbere ananmu,

Na mede dwetɛ asi dade ananmu,

Na kɔbere asi dua ananmu,

Na dade asi abo ananmu.

Na mɛpaw asomdwoe sɛ wo hwɛfo,

Na trenee ayɛ w’adwuma so panyin.*+

18 Wɔrente basabasayɛ wɔ w’asaase so bio,

Na wɔrente ɔsɛe ne amamfoyɛ wɔ w’asaase so.+

Wobɛfrɛ w’afasu sɛ Nkwagye+ na woafrɛ wo nkurow apon sɛ Ayeyi.

19 Ɛnyɛ owia na ɛbɛma wo hann awiabere bio,

Na ɛnyɛ ɔsram hann na ɛbɛhyerɛn wo so.

Mmom Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+

Na wo Nyankopɔn bɛyɛ w’ahoɔfɛ.+

20 W’awia rentɔ bio,

Na wo sram rennum bio,

Efisɛ Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+

Na w’awerɛhow nna bɛba awiei.+

21 Wo man nyinaa bɛyɛ atreneefo,

Na wɔbɛfa asaase no adi so daa.

Wɔyɛ nea miduae a afefɛw,

Me nsa ano adwuma+ a ɛbɛma me ho ayɛ fɛ.+

22 Nea ɔyɛ ketewa no bɛdan apem,

Na nea osua adan ɔman a ɛyɛ den.*

Me Yehowa, mɛyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu.”

61 Awurade Tumfo Yehowa honhom wɔ me so,+

Efisɛ Yehowa asra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefo.+

Wasoma me sɛ memmɛkyekyere koma a abubu,

Na memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ wɔn a wɔakyere wɔn,

Na menka nkyerɛ wɔn a wɔda afiase no sɛ wɔn aniwa bebue kɛse.+

 2 Wasoma me sɛ memmɛka Yehowa adom* afe

Ne ɛda a yɛn Nyankopɔn de betua bɔne so ka,+

Na menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ.+

 3 Wasoma me sɛ memmɛboa wɔn a wɔredi Sion ho awerɛhow no,

Na memma wɔn abotiri mfa nsi nsõ ananmu,

Na memma wɔn ahurusi ngo mfa nsi awerɛhow ananmu,

Ne ayeyi ataade mfa nsi abasamtu honhom ananmu.

Na wɔbɛfrɛ wɔn trenee nnua akɛse,

Nnua a Yehowa atɛw, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhyɛ ne ho anuonyam.*+

 4 Wɔbɛsan akyekye tete nkurow a asɛe no bio;

Wɔbɛma mmeae a asɛe fi teteete no so agyina hɔ bio.+

Wɔbɛsan ama nkurow a asɛe no ayɛ foforo,+

Mmeae a obiara antena hɔ awo ntoatoaso pii mu no.+

 5 “Ahɔho+ bɛba abɛhwɛ mo nguan,

Na ananafo bɛhwɛ mo mfuw ne mo bobefuw* so.+

 6 Mo de, wɔbɛfrɛ mo Yehowa asɔfo;+

Wɔbɛfrɛ mo yɛn Nyankopɔn asomfo.

Mubedi amanaman ahonyade,+

Na mode wɔn anuonyam* bɛhoahoa mo ho.

 7 Aniwu bɛkɔ ama moanya nhyira* mmɔho,

Na animguase bɛkɔ ama wɔadi wɔn kyɛfa ho ahurusi.

Yiw, wobenya agyapade mmɔho wɔ wɔn asaase so.+

Na wobedi ahurusi daa.+

 8 Efisɛ me, Yehowa, medɔ atɛntrenee;+

Mikyi korɔn ne ade a ɛnteɛ.+

Metua wɔn ka nokware mu,

Na me ne wɔn bɛyɛ daa apam.+

 9 Wobehu wɔn mma* wɔ amanaman mu,+

Ne wɔn asefo wɔ aman mu.

Na obiara a ohu wɔn no behu sɛ

Wɔyɛ mma* a Yehowa ahyira wɔn.”+

10 Medi ahurusi kɛse wɔ Yehowa mu.

Me nipadua nyinaa* ani begye wɔ me Nyankopɔn mu.+

Efisɛ ɔde nkwagye ataade ahyɛ me;+

Ɔde trenee ataade* ahyɛ me,

Te sɛ ayeforokunu a wabɔ abotiri sɛ ɔsɔfo,+

Te sɛ ayeforo a ɔde n’agude ahyehyɛ ne ho.

11 Na sɛnea asaase ma nneɛma fifi,

Na turo ma nneɛma a wɔadua wom fifi no,

Saa ara na Awurade Tumfo Yehowa

Bɛma trenee+ ne ayeyi afifi+ wɔ aman nyinaa anim.

62 Sion nti, merenyɛ komm,+

Na Yerusalem nti, merenkɔ so ntena hɔ dinn,

Kosi sɛ ne trenee bepue sɛ kanea a ɛhyerɛn,+

Na ne nkwagye adɛw sɛ ogya.+

 2 “O ɔbea,+ aman behu wo trenee,

Na ahemfo nyinaa ahu w’anuonyam.+

Na wɔde edin foforo bɛfrɛ wo,+

Edin a Yehowa ankasa ano bɛkyerɛ no.

 3 Wobɛyɛ ahenkyɛw fɛfɛɛfɛ wɔ Yehowa nsam,

Ne ahemfo abotiri wɔ wo Nyankopɔn nsayam.

 4 Wɔremfrɛ wo sɛ ɔbea a wɔapo no+ bio,

Na wɔremfrɛ w’asaase sɛ asaase a asɛe+ bio.

Wɔbɛfrɛ wo M’ani Gye Ne Ho,+

Na wɔbɛfrɛ w’asaase Nea Waware.

Efisɛ Yehowa ani begye ne ho,

Na w’asaase bɛyɛ sɛ obi a waware.

 5 Sɛnea aberante ware ɔbaabun no,

Saa ara na wo mma mmarima bɛware wo.

Na sɛnea ayeforokunu di ayeforo ho ahurusi no,

Saa ara na wo Nyankopɔn bedi wo ho ahurusi.+

 6 O Yerusalem, mede awɛmfo asisi w’afasu so.

Daa, awia ne anadwo nyinaa, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ komm.

Mo a mobɔ Yehowa din nyinaa,

Monnhome.

 7 Mommma ɔnnhome kosi sɛ ɔbɛma Yerusalem agyina pintinn,

Yiw, kosi sɛ ɔde no bɛyɛ asaase so ayeyi.”+

 8 Yehowa de ne nsa nifa ne ne basa dennen aka ntam sɛ:

“Meremfa w’aduan mma w’atamfo bio,

Na ahɔho rennom bobesa foforo a woabrɛ ho no bio.+

 9 Mmom wɔn a wɔboaboa aduan ano no na wobedi, na wɔayi Yehowa ayɛ;

Na wɔn a wɔsesaw bobe no na wɔbɛnom nsã* wɔ m’adiwo kronkron hɔ.”+

10 Monsen, monsen mfa kurow no apon mu.

Munsiesie kwan mma ɔman no.+

Mompae, mompae kwantempɔn no.

Munyiyi ɛso abo nyinaa.+

Momfa ahyɛnsode* nsi hɔ mma nkurɔfo no.+

11 Hwɛ! Yehowa ama wɔate akodu asaase ano noho sɛ:

“Monka nkyerɛ Sion babea sɛ,

‘Hwɛ! Wo nkwagye reba.+

Hwɛ! N’akatua ka ne ho,

Na nea ɔde tua ka di n’anim.’”+

12 Wɔbɛfrɛ wɔn ɔman kronkron, wɔn a Yehowa agye wɔn,+

Na wɔbɛfrɛ wo Nea Wɔahwehwɛ No, Kurow a Wɔannyaw No.+

63 Hena na ofi Edom+ reba yi,

Nea ɔhyɛ ataade a ɛhyerɛn* fi Bosra+ reba,

Nea n’ataade yɛ fɛ,

Na ɔde tumi mmoroso reyi akyẽa yi?

“Ɛyɛ me, Nea ɔkasa trenee mu,

Nea ɔwɔ tumi kɛse a ɔde gye nkwa no.”

 2 Adɛn nti na w’ataade ayɛ kɔɔ,

Na adɛn nti na w’ataade te sɛ obi a otiatia amoa a wokyĩ nsã wom mu yi?+

 3 “Me nko ara na mitiatiaa amoa a wokyĩ nsã wom no mu.

Ná ɔmanfo no mu biara nka me ho.

M’abufuw mu na mitiatiaa wɔn so,

Na m’anibere mu na mitiatiaa wɔn so.*+

Wɔn mogya bɔ petee me ntaade mu

Maa me ntaade nyinaa mu sɛee.

 4 Ɛda a mede betua bɔne so ka no,+ masi ho gyinae wɔ me komam,

Na afe a mede begye me nkurɔfo no adu.

 5 Mehwɛe, nanso na ɔboafo biara nni hɔ;

Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ obiara ammɛboa.

Enti me basa na egyee me nkwa,*+

Na m’ankasa m’abufuw na ɛboaa me.

 6 Mitiatiaa amanaman so m’abufuw mu,

Mema wɔnom m’abufuw bowee,+

Na mihwiee wɔn mogya guu fam.”

 7 Mɛka Yehowa dɔ a enni huammɔ akyerɛ,

Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛfata ayeyi no.

Mɛka akyerɛ, esiane nea Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa nti,+

Nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fi,

Sɛnea ne mmɔborɔhunu ne ne dɔ bebrebe a enni huammɔ te no.

 8 Na ɔkae sɛ: “Wɔyɛ me man ampa, mma a wɔrenni huammɔ.”*+

Enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.+

 9 Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.+

Na ɔno ara ne bɔfo* gyee wɔn.+

Ne dɔ ne n’ahummɔbɔ nti, ogyee wɔn,+

Na ɔmaa wɔn so turuu wɔn tete mmere no nyinaa.+

10 Nanso wɔtew atua+ na wɔmaa ne honhom kronkron no werɛ howee.+

Enti ɔdan bɛyɛɛ wɔn tamfo,+

Na ɔko tiaa wɔn.+

11 Na wɔkaee tete mmere no,

N’akoa Mose bere so:

“Nea oyii wɔn ne ne nguan so ahwɛfo+ fii po mu no wɔ he?+

Na nea ɔde Ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu no wɔ he?+

12 Nea ɔmaa Ne basa a ɛwɔ anuonyam no dii Mose nsa nifa so kɔe,+

Na ɔpaee nsu no mu wɔ wɔn anim+

De gyee din+ a ɛwɔ hɔ daa no wɔ he?

13 Nea ɔma wɔnantew nsu a ɛrebu fa so* mu

Sɛnea ɔpɔnkɔ nantew sare so,

Na wɔanhintiw no, ɔwɔ he?

14 Sɛnea mmoa sian kɔ asaasetraa so kɔhome no,

Saa ara na Yehowa honhom ma wɔhomee.”+

Saa na wudii wo man anim

De gyee din a anuonyam wom maa wo ho.+

15 Fi soro hwɛ,

Fi wo tenabea kronkron a ɛwɔ anuonyam* hɔ na hwɛ.

W’ahokeka ne w’ahoɔden kɛse,

W’ayamhyehye+ ne wo mmɔborɔhunu+ no wɔ he?

Woatwe afi me ho.

16 Wone yɛn Agya;+

Ebia Abraham nnim yɛn

Na ebia Israel renkae yɛn,

Nanso wo, Yehowa, wone yɛn Agya.

Wo din ne yɛn Gyefo+ fi tete.

17 O Yehowa, adɛn nti na woma yɛman fi w’akwan so?

Adɛn nti na woma yɛn koma pirim na yensuro wo yi?+

Wo nkoa nti san bra,

Mmusua a wɔyɛ w’agyapade nti.+

18 Ebedii wo man kronkron no nsam bere tiaa bi.

Yɛn atamfo atiatia wo tenabea kronkron so.+

19 Bere tenten ni, yɛayɛ sɛ nnipa a wunnii yɛn so da,

Te sɛ wɔn a wɔmfaa wo din mfrɛɛ wɔn da.

64 O, sɛ anka wotetew ɔsoro mu sian baa fam

Maa wo nti, mmepɔw wosowee,

 2 Sɛnea ogya hyew anyina,

Na ogya ma nsu huru no a,

Anka w’atamfo behu wo din,

Na aman ho apopo w’anim!

 3 Bere a woyɛɛ anwonwadwuma a ɛnsɛ mfata yɛn no,+

Wusian baa fam, na mmepɔw wosowee wɔ w’anim.+

 4 Efi tete, obiara ntee na entwaa obiara aso mu,

Na ani biara nhuu Onyankopɔn bi a odi ma wɔn a wɔkɔ so twɛn no,*+

Gye wo nko ara.

 5 Woahyia wɔn a wɔde anigye yɛ nea ɛteɛ,+

Wɔn a wɔkae wo na wɔfa w’akwan so no.

Hwɛ! Wo bo fuwii bere a yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne no;+

Yɛtenaa bɔne no mu kyɛe.

Afei wubegye yɛn nkwa anaa?

 6 Yɛn nyinaa abɛyɛ sɛ obi a ne ho ntew,

Na adetrenee a yɛyɛ nyinaa te sɛ ntama a ɔbea yɛ bra a ɔde siesie ne ho.*+

Yɛn nyinaa betwintwam te sɛ ahaban,

Na yɛn bɔne bɛsoa yɛn akɔ sɛ mframa.

 7 Obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din,

Na obiara nni hɔ a ɔkanyan ne ho na oso wo mu,

Efisɛ wode w’anim ahintaw yɛn,+

Na yɛn bɔne nti,* woama yɛasa.*

 8 Afei, O Yehowa, wone yɛn Agya.+

Yɛyɛ dɔte, na wone yɛn Nwemfo;*+

Yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.

 9 O, Yehowa, mma wo bo mmfuw denneennen,+

Na nkae yɛn mfomso daa.

Yɛsrɛ wo, hwɛ yɛn, na yɛn nyinaa yɛ wo man.

10 Wo nkurow kronkron adan sare.

Sion adan sare,

Na Yerusalem asɛe.+

11 Yɛn fi* kronkron a ɛwɔ anuonyam* no,

Baabi a yɛn agyanom yii wo ayɛ no,

Wɔde ogya ahyew,+

Na nneɛma a na ɛsom bo ma yɛn no nyinaa asɛe.

12 O Yehowa, eyi nyinaa akyi, wobɛkɔ so ara ayi w’ani?

Wobɛtena hɔ dinn ama yɛn ho akyere yɛn denneennen saa?+

65 “Wɔn a wɔammisa m’ase no, mama wɔahwehwɛ me;

Wɔn a wɔanhwehwɛ me no, mama wɔahu me.+

Ɔman a wɔammɔ me din no, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mini, mini!’+

 2 Matrɛw me nsam da mu nyinaa ama ɔman asoɔdenfo,+

Wɔn a wɔnam ɔkwammɔne so+

A wodi wɔn ankasa adwene akyi;+

 3 Ɔman a wogyina m’anim daa hyɛ me abufuw,+

Na wɔbɔ afɔre wɔ nturo mu,+ na wɔhyew afɔrebɔde wɔ birikisi so.

 4 Wɔtete amusiei,+

Na wɔda baabi a ahintaw* ma ade kye;

Wɔwe prakonam,+

Na akyiwade nkwan* wɔ wɔn nkuku mu.+

 5 Wɔka sɛ, ‘Gyina nkyɛn; mmɛn me,

Efisɛ meyɛ kronkron sen wo.’*

Eyinom yɛ wusiw wɔ me hwenem, ogya a ɛdɛw daa.

 6 Hwɛ! Wɔakyerɛw wɔ m’anim;

Merentena hɔ komm,

Na mmom metua wɔn ka,+

Mede wɔn akatua nyinaa bɛma wɔn.*

 7 Metua wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne so ka,”+ Yehowa na waka.

“Esiane sɛ wɔhyew afɔrebɔde wɔ mmepɔw so,

Na woguu me ho fĩ wɔ nkoko so+ nti,

Medi kan asusuw wɔn akatua nyinaa ama wɔn.”*

 8 Asɛm a Yehowa aka ni:

“Sɛnea wonya bobesa foforo fi bobe* mu a,

Obi ka sɛ, ‘Nsɛe no, efisɛ adepa* bi wom’ no,

Saa ara na me nkoa nti mɛyɛ;

Merensɛe wɔn nyinaa.+

 9 Mede aseni* bi befi Yakob mu aba,

Na Yuda mu na meyi nea me mmepɔw bɛyɛ ne dea;+

Wɔn a mayi wɔn no bɛfa,

Na me nkoa atena hɔ.+

10 Saron+ bɛyɛ nguan adidibea

Na Akor Bon*+ ayɛ anantwi ahomegyebea

Ama me nkurɔfo a wɔhwehwɛ me no.

11 Nanso moka wɔn a wɔagyaw Yehowa hɔ no ho,+

Wɔn a wɔn werɛ afi me bepɔw kronkron no,+

Wɔn a wɔtow pon ma onyame a ɔma nkurɔfo ti yɛ yiye

Ne wɔn a wɔhyɛ nsã* a wɔafrafra wɔ kuruwa mu ma Nkrabea nyame.

12 Enti mede mo bɛma sekan,+

Na mo nyinaa bɛkotow ama wɔakum mo,+

Efisɛ mefrɛe, nanso moannye so,

Mekasae, nanso moantie;+

Mokɔɔ so yɛɛ bɔne wɔ m’ani so,

Na mopaw nea m’ani nnye ho.”+

13 Eyi nti, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:

“Hwɛ! Me nkoa bedidi, na mo de, ɔkɔm bɛde mo.+

Hwɛ! Me nkoa benya nsu anom,+ na mo de, osukɔm bɛde mo.

Hwɛ! Me nkoa ani begye,+ na mo de, mo ani bewu.+

14 Hwɛ! Koma mu anigye nti, me nkoa bedi ahurusi,

Na mo de, koma mu yaw nti, mubesu,

Na honhom a abubu nti, mubesu ateɛteɛ mu.

15 Mubegyaw din, na wɔn a mapaw wɔn no de bɛka ntam,

Na Awurade Tumfo Yehowa bekunkum mo mmaako mmaako,

Na ɔno ara ne nkoa de, ɔde din foforo bɛfrɛ wɔn,+

16 Sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a ɔhwehwɛ nhyira wɔ asaase so no,

Nokware* Nyankopɔn no behyira no.

Na obiara a ɔka ntam wɔ asaase so no,

Ɔde nokware* Nyankopɔn no bɛka ntam.+

Na wɔrenkae kan amanehunu no;

M’ani renhu bio.+

17 Na hwɛ! Merebɔ ɔsoro foforo ne asaase foforo;+

Na wɔrenkae kan nneɛma no bio,

Na ɛremma komam bio.+

18 Enti munni ahurusi na momma mo ani nnye daa, ade a merebɔ no nti.

Na hwɛ! Merebɔ Yerusalem ama ɛde anigye aba,

Na merebɔ emufo ama wɔde ahurusi aba.+

19 M’ani begye Yerusalem ho na madi me man ho ahurusi;+

Wɔrente sɛ obi resu anaa obi rebɔ bena wɔ mu bio.”+

20 “Wɔrenhu akokoaa a wannyin ankyɛ bio,

Anaa akwakoraa a wanni ne nna anwie.

Sɛ obi di mfe ɔha na owu a, wobebu no sɛ ɔyɛ abarimaa.

Na ɔbɔnefo de, sɛ odi mfe ɔha mpo a, wɔbɛdome no.*

21 Wobesisi adan atena mu,+

Na wɔayeyɛ bobefuw* adi mu aba.+

22 Wɔrensisi adan mma obi foforo mmɛtena mu,

Na wɔrennua mma obi mmedi.

Efisɛ me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+

Na wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee.

23 Wɔrenyɛ adwuma* mmrɛ ngu kwa,+

Na mma a wɔbɛwo wɔn no, mmusu renka wɔn,

Efisɛ wɔyɛ mma* a Yehowa ahyira wɔn,+

Wɔne wɔn asefo.+

24 Ansa na wɔbɛfrɛ mpo, na magye so;

Na wogu so rekasa no, metie.

25 Pataku ne oguan ba bɛbom adidi,

Na gyata awe wura sɛ nantwi,+

Na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan.

Wɔrenyɛ bɔne, na wɔrensɛe ade, me bepɔw kronkron no nyinaa so,”+ Yehowa na waka.

66 Nea Yehowa aka ni:

“Ɔsoro yɛ m’ahengua, na asaase yɛ me nan ntiaso.+

Enti ofi bɛn na mubetumi asi ama me,+

Na homebea bɛn na mode bɛma me?”+

 2 “Me ara me nsa na ayɛ nneɛma yi nyinaa,

Na saa ara na ɛyɛe a ne nyinaa bae,” Yehowa asɛm ni.+

“Enti, nea mɛhwɛ no ne

Obi a ɔbrɛ ne ho ase a ne honhom abubu; nea m’asɛm nti ne ho popo.*+

 3 Nea okum nantwi no te sɛ nea okum onipa.+

Nea ɔde oguan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu.+

Nea ɔde afɔrebɔde ba no te sɛ nea ɔde prako mogya ba.+

Nea ɔhyew ɛhyɛ*+ de yɛ nkae no te sɛ nea ɔkankye de hyira obi.*+

Wɔapaw wɔn ankasa akwan,

Na wɔn ani gye akyiwade ho.*

 4 Enti mɛfa akwan bi so atwe wɔn aso,+

Na nneɛma a wosuro no, ɛno ara na mede bɛba wɔn so.

Efisɛ bere a mefrɛe no, obiara annye so;

Bere a mekasae no, obiara antie.+

Wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne wɔ m’ani so,

Na nea m’ani nnye ho na wɔpawee sɛ wɔbɛyɛ.”+

 5 Muntie Yehowa asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popo:*

“Mo nuanom a me din nti wɔtan mo na wɔpo mo no kae sɛ, ‘Anuonyam nka Yehowa!’+

Nanso Ɔbɛba na wama mo ani agye,

Na wɔn mmom na wɔn ani bewu.”+

 6 Gyegyeegye bi wɔ kurow no mu, na dede bi wɔ asɔrefi hɔ!

Ɛyɛ Yehowa na ɔretua n’atamfo ka sɛnea ɛsɛ wɔn.

 7 Awo nnya nkaa no no, na wawo dedaw.+

Onnya ntee awo mu yaw* no, na wawo ɔbabarima.

 8 Hena na wate asɛm yi bi pɛn?

Hena na wahu biribi a ɛte sɛ eyi pɛn?

Wɔwo asaase da koro anaa?

Anaa wɔwo ɔman prɛko pɛ?

Nanso awo kaa Sion pɛ na ɔwoo ne mma mmarima.

 9 “Mɛma abofra abedu awode ano a meremma wɔnwo no anaa?” Yehowa na waka.

“Anaa mɛma awo aka obi na mato n’awode mu?” Wo Nyankopɔn na waka.

10 Mo a modɔ Yerusalem nyinaa,+ mo ne no nni ahurusi+ na mo ani nnye.

Mo a moredi ne ho awerɛhow nyinaa, mo ne no nni ahurusi kɛse,

11 Efisɛ mubenum n’awerɛkyekye nufu amee,

Na mobɛtwe nufu no mii, na moanya anigye wɔ n’anuonyam mmoroso no mu.

12 Na nea Yehowa aka ni:

“Mɛma wanya asomdwoe te sɛ asubɔnten+

Na wanya amanaman anuonyam te sɛ nsu a ayiri.+

Mubenum nufu, na wobeturu mo wɔ wɔn nkyɛnmu.

Na wobegyigye mo agoru wɔ wɔn nan so.

13 Sɛnea ɔbea kyekye ne babarima werɛ no,

Saa ara na mɛkɔ so akyekye mo werɛ;+

Na Yerusalem nti, mo werɛ bɛkyekye.+

14 Mubehu eyi, na mo koma ani begye,

Mo nnompe bɛyɛ kama te sɛ sare momono.

Na Yehowa nkoa behu ne nsa,*

Na n’atamfo de, n’ani bɛbere wɔn so paa.”+

15 “Na Yehowa bɛba te sɛ ogya,+

Na ne nteaseɛnam bɛba te sɛ ahum,+

Na ɔde anibere betua wɔn ka n’abufuw mu,

Na ɔde ogya a ɛredɛw aka wɔn anim.+

16 Na Yehowa de ogya bebu atɛn,

Yiw, ɔde ne sekan bekunkum ɔhonam nyinaa;*

Na wɔn a Yehowa bekunkum wɔn no bɛdɔɔso.

17 “Wɔn a wɔtew wɔn ho na wodwira wɔn ho kɔ nturo* mu,+ na wokodi nea ɛwɔ mfinimfini no akyi, na wɔwe prakonam+ ne nneɛma a ɛyɛ akyiwade ne nkura+ no, wɔn nyinaa awiei bɛba abom,” Yehowa na waka. 18 “Minim wɔn nnwuma ne wɔn adwene. Enti mereba abɛboaboa amanaman ne kasa horow nyinaa mu nnipa ano, na wɔbɛba abehu m’anuonyam.”

19 “Na mede sɛnkyerɛnne bi besi wɔn mu, na mɛsoma wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no bi akɔ amanaman no mu; wɔbɛkɔ Tarsis,+ Pul ne Lud,+ wɔn a wokuntun agyan no nkyɛn. Wɔbɛkɔ Tubal ne Yawan;+ wɔbɛkɔ nsupɔw a ɛwɔ akyirikyiri, wɔn a wɔntee me ho asɛm na wonhuu m’anuonyam no nkyɛn. Na wɔbɛka m’anuonyam wɔ amanaman mu.+ 20 Wɔde mo nuanom nyinaa befi amanaman nyinaa mu abrɛ Yehowa+ sɛ akyɛde. Wɔbɛtenatena apɔnkɔ so, ɔko nteaseɛnam mu, nteaseɛnam a wɔakuru so mu, ne mfurumpɔnkɔ ne yoma a wɔn ho yɛ hare so, na wɔaba Yerusalem, me bepɔw kronkron no so sɛnea Israelfo de wɔn akyɛde gu ade* a emu tew mu ba Yehowa fi no,” Yehowa na waka.

21 “Na mɛpaw wɔn mu bi nso ayɛ wɔn asɔfo ne Lewifo,” Yehowa na waka.

22 “Na sɛnea ɔsoro foforo ne asaase foforo+ a mereyɛ no bɛkɔ so agyina m’anim no, saa ara na mo asefo* ne mo din bɛkɔ so agyina,” Yehowa na waka.+

23 “Na ɔsram foforo biara ne homeda biara,

Ɔhonam* nyinaa bɛba abebu nkotodwe wɔ m’anim,”*+ Yehowa na waka.

24 “Na wobefi adi akɔhwɛ nnipa a wɔtew me so atua no afunu;

Mmoawa a adɔre afunu no renwu,

Na ogya a ɛhyew wɔn no nso, ɛrennum da,+

Na wɔbɛyɛ abofonode ama nnipa* nyinaa.”

Ɛkyerɛ, “Yehowa Nkwagye.”

Anaa “Mayɛn.”

Anaa “nea ɔtɔɔ no.”

Anaa “ne wura.”

Anaa “wɔasɛe!”

Anaa “asɛm nni ho.’

Anaa “Wɔntotõe.”

Anaa “ɔsese.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “sodifo.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “Nkonyaa.”

Anaa “Me kra kyi.”

Anaa “Munguare.”

Anaa “hwiit nsã.”

Anaa “braeb.”

Anaa “gyakisi.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nnua ne nturo a wɔde som abosom.

Anaa “hama.”

Anaa “ogya a ɛreturuturuw.”

Anaa “Awiei mmere.”

Anaa “n’atempɔn.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “asekan a wɔde kɔ ɔko.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.

Anaa “ananafo.”

Anaa “Abosonhunu.”

Anaa “Onipa ahantan ani.”

Anaa “Na wɔbɛbrɛ nnipa ahomaso ase.”

Anaa “ne obiara a n’ani tra n’ani ntɔn.”

Anaa “Na wɔbɛbrɛ nnipa ahomaso ase.”

Anaa “abotan ntokuru.”

Aboa bi a ɔte sɛ akura; odidi paa.

Anaa “Ɔyɛ onipa a ɔhome fa ne hwenem.”

Anaa “Merenyɛ mo yaresafo.”

Nt., “Wɔatew n’anuonyam anim atua.”

Anaa “bu wɔn fɔ.”

Anaa “Wɔn kra nnue.”

Nt., “Wobedi wɔn nneyɛe so aba.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “wɔnantew twetwe wɔn kɔn (wɔn mene).”

Anaa “adɔ ntwom.”

Anaa “abomu.”

Nt., “Akra adan.”

Anaa “Nkawa a yɛde hyɛ nsateaa.”

Anaa “Atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, etwã a nkoa ne nneduafo nya bere a wɔde dade to gya mu hye wɔn de hyɛ wɔn nsow.

Kyerɛ sɛ, sigyadi ne boninyɛ ho aniwu.

Anaa “Yehowa dubaa.”

Anaa “honhom a ɛredɛw.”

Nt., “tiafi.”

Anaa “ɔsese.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “bobe pa kɔkɔɔ.”

Anaa “Bobesa.”

Anaa “ahama du.”

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ama ne kra yam abae.”

Anaa “kurow no anuonyam.”

Anaa “atɛntrenee.”

Anaa “Mmoa a wɔadɔ srade amamfo so na ahɔho bedidi.”

Anaa “gyinaesi; agyinatu.”

Anaa “bobesa nom.”

Anaa “nsã a ano yɛ den a wɔde frafra.”

Anaa “braeb.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “bɔɔla.”

Anaa “frankaa.”

Anaa “n’ani pam so.”

Anaa “ayɛ krado sɛ wɔde bɛtow agyan.”

Anaa “twɛrebo.”

Anaa “agyatanini.”

Nt., “nea ɔfrɛe no nne.”

Anaa “afodi.”

Anaa “aba.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wantumi.”

Ɛkyerɛ, “Nkaefo Kakraa Bi Na Wɔbɛsan Aba.”

Ebetumi nso akyerɛ, “nkohunahuna no.”

Anaa “yenkobu n’afasu ngu mu.” Nt., “yɛnkɔpae mu.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Ɔbaabun.”

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Ne Yɛn Wɔ Hɔ.”

Anaa “nsuwansuwa.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Nt., “ɔdasani kyerɛwdua.”

Ebetumi akyerɛ “Ɔde Mmirika Reba Asade No Ho, Ɔde Ahoɔhare Reba Asade No Ho.”

Kyerɛ sɛ, Yesaia yere.

Nt., “mekɔɔ odiyifobea no ho.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Hwɛ Yes 7:14.

Anaa “Momma mo akode so.”

Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ ase “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ” ne Imanuel. Hwɛ Yes 7:14; 8:8.

Ɛkyerɛ pɔw bɔne a nkurɔfo bɔ wɔ obi ho.

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “mɛhwɛ no kwan denneennen.”

Nt., “ahemanakye.”

Anaa “aban; adedi.”

Anaa “N’aban; N’adedi.”

Nt., “akyi.”

Anaa “aboa dua.”

Anaa “Dua nkorabata.”

Ebetumi nso akyerɛ, “berɛw ne demmire.”

Anaa “Asotwe.”

Anaa “anuonyam.”

Anaa “Me nsa agye.”

Nt., “Mɛtwe.”

Anaa “ɔrensu te sɛ anomaa.”

Anaa “Ɔbɛsɛe ne kwae ne ne turo anuonyam fi ɔkra so akosi honam so.”

Anaa “asotwe.”

Anaa “mpire.”

Anaa “nnua nkorabata.”

Anaa “abonnua.”

Anaa “atɛntrenee.”

Anaa “honhom.”

Kyerɛ sɛ, wobehyiam bere ne bere mu.

Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Na nantwi ba ne gyata bedidi abom.”

Ɔwɔ bi a n’ano wɔ bɔre paa.

Anaa “frankaa.”

Anaa “Amanaman bɛhwehwɛ n’akyi kwan.”

Kyerɛ sɛ, Babilonia.

Anaa “frankaa.”

Nt., “abati.”

Anaa “Wobedi Edom ne Moab so.”

Nt., “Egypt po no tɛkrɛma.”

Ebetumi nso akyerɛ, “bɛma ayow.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Anaa “honhom.”

Ebetumi nso akyerɛ, “bɛkyɛ n’asuten no mu ason.”

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.

Anaa “Mommɔ nnwom.”

Nt., “ɔbea a ɔte Sion.” Ɛkyerɛ kurow no mufo nyinaa a wɔaka wɔn ho asɛm sɛ ɔbea.

Anaa “frankaa.”

Nt., “wɔn a matew wɔn ho no.”

Nt., “ne wɔn mu biara Kesil.” Ebia egyina hɔ ma Orion nsorommakuw ne nsoromma akuw a atwa ho ahyia no.

Anaa “hoɔfɛfo.”

Ebetumi nso akyerɛ, “abosom a wɔte sɛ mpɔnkye.”

Anaa “Ɔbɛma wɔahome wɔ.”

Anaa “wobɛbɔ Babilon hene akutia.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “mpapo no.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “fi.”

Anaa “dubaa.”

Anaa “ɔwora.”

Nt., “agyina a wɔatu.”

Anaa “eyi ne nsa a ayɛ krado sɛ ɛbɛbɔ aman nyinaa.”

Ɔwɔ bi a n’ano wɔ bɔre paa.

Anaa “ɔwɔ a ɔtow ne ho a n’ano bɔre te sɛ ogya.”

Anaa “abɔfo a ɔman no atu wɔn.”

Anaa “Asɔrefi.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Ne kra.”

Anaa “ɔdɔ a enni huammɔ.”

Anaa “akisa; atwintwam.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Efisɛ ɔko nteɛteɛm no asian aba w’ahohuru bere mu aba ne wo twabere so.”

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔbɛkan no pɛpɛɛpɛ te sɛ nea ɔpaani yɛ no”; kyerɛ sɛ, mfe abiɛsa pɛpɛɛpɛ.

Anaa “ɛbɛdan amamfo.”

Nt., “Israel mma.”

Nt., “ne honam mu srade no.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “Asaasetraa so.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ananafo nyame.”

Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Anaa “abɔfo.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Anaa “abɔfo.”

Anaa “ɔman twintwann a otiatia aman so.”

Anaa “frankaa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Mɛyɛ komm na mafi m’atenae ahwɛ.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.

Anaa “Ɔman twintwann a otiatia aman so.”

Anaa “tirimbɔ.”

Anaa “kaberɛkyerefo.”

Anaa “bekisa.”

Anaa “Wɔn a wɔto asaawa.”

Anaa “kra bedi awerɛhow.”

Anaa “Memfis.”

Anaa “aboa dua.”

Ebetumi nso akyerɛ, “berɛw anaa demmire.”

Anaa “Israel bɛto Egypt ne Asiria so abiɛsa.”

Anaa “asraafo panyin.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “na ɔnantewee a na ɔnhyɛ ataade papa biara.”

Anaa “ani bewu.”

Anaa “Egypt anuonyam a ɛyɛ wɔn fɛ no nti.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ tete Babilonia mpɔtam.

Nt., “me dwonku mu tutu me.”

Anaa “momfa ngo nsra.”

Anaa “aban a wogyina so wɛn.”

Nt., “m’awiporowbea ba.”

Ɛkyerɛ, “Kommyɛ.”

Anaa “akwantufo ne wɔn mmoa.”

Anaa “wɔbɛkan no pɛpɛɛpɛ te sɛ nea ɔpaani yɛ no”; kyerɛ sɛ, afe baako pɛpɛɛpɛ.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Yerusalem ho.

Ɛyɛ anwensɛm a wɔde ka ɔman no ho asɛm te sɛ nipa. Ebia wɔde rekyerɛ tema ne ayamhyehye.

Anaa “nnipa a wɔtete apɔnkɔ so.”

Anaa “Kir asiesie ne kyɛm.”

Anaa “w’abon.”

Anaa “nnipa a wɔtete apɔnkɔ so.”

Anaa “bammɔ.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Anaa “ahemfi.”

Anaa “tenabea.”

Anaa “w’ahemman.”

Anaa “pɛɛwa.”

Nt., “mu duru.”

Anaa “bɛsɛn no so.”

Anaa “mmanana.”

Kyerɛ sɛ, Asubɔnten Nil no nkorabata bi.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali. Nt., “aba.”

Nt., “mmaabun.”

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Nt., “nna.”

Anaa “n’apaade.”

Anaa “n’apaade.”

Anaa “n’apaade.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Asaase no mu nsu atwe.”

Anaa “Wiase.”

Anaa “tete.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Nsã foforo ayow.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “atɔe.”

Anaa “apuei.”

Anaa “Ahoɔfɛ.”

Nt., “ne mpanyimfo.”

Anaa “Nneɛma a wutuu ho agyina.”

Anaa “afabo.”

Anaa “Ananafo.”

Anaa “ahome.”

Anaa “ananafo.”

Anaa “bobesa a ada ase.”

Nt., “ɔbɛmene.”

Anaa “nkataanim.”

Anaa “Obeyi owu afi hɔ.”

Anaa “ahohora.”

Anaa “bɔɔla.”

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔn a wɔn koma si pi no.”

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.

Anaa “pɛpɛɛpɛ.”

Anaa “Yɛn kra.”

Kyerɛ sɛ, ma wɔnkae Onyankopɔn ne ne din anaa ma nkurɔfo nhu Onyankopɔn ne ne din.

Anaa “me kra.”

Anaa “awoko yaw.”

Anaa “awoko yaw.”

Nt., “Afunu a ɛyɛ me dea.”

Ebetumi nso akyerɛ, “nwura (ɛfan) so bosu.”

Anaa “Na asaase bɛwo awufo a wonni tumi biara no.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Israel ho. Ɛha yi wɔka ne ho asɛm sɛ ɔbea bi a wɔde no toto bobefuw ho.

Anaa “Bobeturo.”

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Efraim ahenkurow Samaria ho.

Anaa “ahantan abotiri; dwae abotiri.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “ahantan abotiri; dwae abotiri.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Bobesa.”

Nt., “ano a ɛpo dodow.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “anya anisoadehu baako.”

Ɛyɛ hama bi a dade hyɛ ano a wɔde susuw ɔdan hwɛ sɛ ɔdan no teɛ anaa.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “Sɛ wɔte ase a, ɛbɛma wɔn ho apopo.”

Kyerɛ sɛ, ntama a wɔanwene.

Anaa “asaasetraa so.”

Ɛyɛ biribi a yɛde yɛ aduan ma ɛyɛ huam.

Ebinom nso frɛ no “atoko.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Ɛte sɛ hwiit, na na wɔtaa dua wɔ tete Egypt.

Anaa “Ɔteɛ no so ɔkwampa so; Ɔtwe n’aso ɔkwampa so.”

Ɛyɛ biribi a yɛde yɛ aduan ma ɛyɛ huam.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “n’atirimpɔw.”

Anaa “Na ne nyansa nni ano no.”

Ebetumi akyerɛ “Onyankopɔn Afɔremuka.” Ɛbɛyɛ sɛ egyina hɔ ma Yerusalem.

Anaa “Mɛbɔ wo ho nsra.”

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Nt., “Nnipakuw a wonnim wɔn.”

Anaa “ɔkɔm da so ara de ne kra.”

Anaa “ne kra mu nsu atwe.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Yehowa ahwie nnahɔɔ honhom agu mo so.”

Anaa “agyinatu.”

Anaa “Mo a mo adwene akyea!”

Nt., “nea onya nkurɔfo kasakyerɛ.”

Kyerɛ sɛ, nea fɛre ne huammɔdi de ba.

Anaa “tirimbɔ.”

Nt., “Wɔn a wogu nsã.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ nnipa bi apene so sɛ wɔbɛyɛ biribi.

Anaa “wommisaa m’anom asɛm.”

Nt., “Farao abannennen ase.”

Anaa “n’abɔfo.”

Ɔwɔ bi a n’ano wɔ bɔre paa.

Anaa “ɔwɔ a ɔtow ne ho a n’ano bɔre te sɛ ogya.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “abura.”

Anaa “wɔtwɛn no denneennen.”

Anaa “ahoni a wɔagu.”

Anaa “bratam.”

Ebetumi nso akyerɛ, “na wobɛfrɛ no efĩ.”

Nt., “ɛbɛyɛ sɔkyee, nea ahoɔden wom.”

Anaa “N’ahome.”

Nt., “adehunu sɔnee.”

Anaa “moretew.”

Wɔde “Tofet” di dwuma wɔ ha sɛ kasakoa de gyina hɔ ma baabi a wɔhyew ade; ɛkyerɛ ɔsɛe.

Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.

Anaa “nnipa a wɔtete apɔnkɔ so.”

Anaa “gyatanini.”

Anaa “gya.”

Anaa “ɔrenkyerɛ obu mma Yehowa.”

Anaa “ɔbɛma ɔkra a ɔkɔm de no.”

Anaa “n’adwinnade.”

Anaa “adwempa.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa, “aban a wogyina so wɛn.”

Anaa “ahoɔden.”

Nt., “wo nna.”

Kyerɛ sɛ, ɔtamfo no abu apam no so.

Ebetumi nso akyerɛ, “Asaase no mu nsu atwe.”

Anaa “Wɔabrɛ Lebanon ase.”

Anaa “braeb.”

Anaa “abantenten.”

Anaa “Wubedwinnwen ade a ɛyɛ hu no ho wɔ wo koma mu.”

Anaa “wɔn mogya bɛtene afa mmepɔw so.”

Anaa “wuram nantwi.”

Anaa “Yehowa wɔ aweredi da.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Bosra, Edom ahenkurow.

Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.

Ɛyɛ hama bi a dade hyɛ ano a wɔde susuw ɔdan hwɛ sɛ ɔdan no teɛ anaa.

Ebetumi nso akyerɛ, “abosom a wɔte sɛ mpɔnkye.”

Anomaa bi a ɔte sɛ patu.

Nt., “ɔde susuhama akyɛ ama wɔn.”

Nt., “ɔtare a demmire afifi wom.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Anaa “nsahyɛfo panyin.”

Anaa “ahemfi.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Siria kasa.”

Nt., “Mo ne me nyɛ nhyira na mommra me nkyɛn.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Nt., “paanoo.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “ahemfi.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ahemfi.”

Anaa “adapaatwa.”

Nt., “ɔbea a mma abedu n’awotwaa ano.”

Nt., “Mede honhom bi bɛhyɛ ne mu.”

Anaa “ɔsan tuu abɔfo.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wote kerubim mfinimfini.”

Anaa “nammuromu; nammɔn mu.”

Anaa “Nil nsuka.”

Nt., “Efi tete na meyɛe.”

Anaa “adan afabo akuwakuw.”

Anaa “awo.”

Kyerɛ sɛ, Hesekia.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “hwiit aba a agu fam afifi.”

Anaa “bobeturo.”

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Anaa “abosomfi.”

Nt., “wo nna.”

Ɛbɛyɛ sɛ na wɔde saa stɛps yi hwɛ bere. Wɔhwɛ nea owia sunsuma da a, ɛma wohu bere a abɔ.

Anaa “hyehyɛe.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.

Ɛyɛ dua a wɔnwene ntama wɔ so.

Ebetumi nso akyerɛ, “asukɔnkɔn.”

Nt., “Gyina m’akyi.”

Anaa “kommyɛ.”

Anaa “Me kra awerɛhow nti.”

Kyerɛ sɛ, Onyankopɔn asɛm ne ne nnwuma.

Anaa “me kra ho.”

Anaa “Woayi me bɔne nyinaa afi w’anim.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Hesekia dii wɔn ho ahurusi.”

Anaa “ahemfi.”

Anaa “w’ahemfi.”

Anaa “m’ahemfi.”

Anaa “w’ahemfi.”

Anaa “nokware.”

Nt., “me nna mu.”

Anaa “Monka awerɛkyekyesɛm nkyerɛ Yerusalem.”

Anaa “akatua mmɔho.”

Anaa “nnipa nyinaa.”

Anaa “Nnipa nyinaa.”

Anaa “Yehowa honhom ahuw afa so.”

Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.

Efi kokurobeti kosi nsateaa ketewaa so bere a obi abue ne nsam. Hwɛ Nkh. B14.

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Ebetumi nso akyerɛ, “Hena na onim Yehowa honhom mu?”

Anaa “rentumi mma anyina a ɛbɛma ogya akɔ so adɛw.”

Anaa “ohoni a wɔagu.”

Anaa “dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn.”

Anaa “tumidifo.”

Anaa “Obiara ntumi nhu ne ntease mu.”

Anaa “monyɛ komm wɔ m’anim.”

Anaa “owiapuei.”

Kyerɛ sɛ, ɔmmɛsom No.

Anaa “asae; abɔsobaa.”

Ɛyɛ dade bi a ɔtomfo bɔ ne dade wɔ so.

Nt., “aba.”

Kyerɛ sɛ, onni ahobammɔ biara na ɔyɛ mmɔbɔ.

Nt., “ɔtare a demmire afifi wom.”

Nt., “nneɛma a edi kan.”

Anaa “yɛde yɛn koma besi so.”

Anaa “owiapuei.”

Anaa “asoafo; amradofo.”

Anaa “Wɔn ahoni a wɔagu.”

Anaa “me kra agye no atom!”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Anaa “n’akwankyerɛ.”

Anaa “Me ne obi biara nkyɛ m’anuonyam.”

Anaa “nsaase a ɛda mpoano.”

Nt., “atare a demmire afifi wom.”

Anaa “ahoni a wɔagu.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “N’akwankyerɛ.”

Anaa “wo kra.”

Nt., “w’aba.”

Ebetumi akyerɛ nneɛma a ebedi kan aba daakye.

Anaa “na mode mo werɛ ahyɛ me mu.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛyɛ afifide bi a ɛyɛ huam. Nanso obiara nhyɛ da nnim afifide pɔtee a ɛyɛ.

Anaa “w’atuatew.”

Ebetumi akyerɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Mmara no.

Anaa “awo mu.”

Ɛkyerɛ, “Nea Ɔteɛ.” Ɛyɛ abodin a wɔde maa Israel.

Anaa “asaase a osukɔm de no.”

Nt., “w’aba.”

Kyerɛ sɛ, ahoni no.

Kyerɛ sɛ, ahoni no.

Anaa “honi a wɔagu.”

Anaa “asae; abɔsobaa.”

Anaa “abosomfi.”

Anaa “Duwui.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “atoro adiyifo.”

Anaa “Na masan ahemfo abɔso.”

Nt., “Mɛbɔ wo abɔso.”

Anaa “Efi owiapuei kosi owiatɔe.”

Anaa “Nea ɔbɔɔ no.”

Anaa “ham.”

Anaa “Nea ɔyɛɛ no.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Anaa ɛsɛ sɛ dɔte ka sɛ: ‘W’adwuma no nni nsa’?”

Anaa “Dɛn na worebrɛ akyem awo yi?”

Anaa “braeb.”

Ebetumi nso akyerɛ, “apaafo.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Etiopia aguadifo.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wammɔ no sɛ ɛnna hɔ kwa.”

Nt., “aba.”

Anaa “kɛkɛ.”

Nt., “aba.”

Kyerɛ sɛ, ahoni a wɔde asoa mmoa no.

Anaa “wɔn akra.”

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Nt., “wɔkotow no.”

Nt., “kan.”

Anaa “Tweaduampɔn.”

Anaa “M’atirimpɔw; Me tirimbɔ.”

Anaa “owiapuei.”

Anaa “m’atirimpɔw; me tirimbɔ.”

Anaa “ahengua.”

Anaa “owiyammo.”

Ebetumi nso akyerɛ, “na merennya obiara ho koma.”

Anaa “Awuraa.”

Anaa “Awuraa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Ɛmfa ho sɛ.”

Anaa “Na worenhu kwan a wobɛfa so de wo nnurusɛm no asiw no kwan.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔn a wɔkyekyɛ ɔsoro mu; Nsoromma mu ahwɛfo.”

Anaa “wɔn kra.”

Nt., “obiara akɔ n’asaase so.”

Ebetumi nso akyerɛ, “mo a mufi Yuda mu.”

Nt., “Kan.”

Anaa “honi a wɔagu.”

Anaa “Mapɛɛpɛɛ wo mu.” Ebetumi nso akyerɛ, “Mapaw wo; Mayi wo.”

Ɛyɛ fononoo a wɔde nan dade.

Anaa “Me ne obiara nkyɛ m’anuonyam.”

Anaa “de ne honhom aka me ho.”

Anaa “wunya so mfaso.”

Nt., “W’aba.”

Nt., “ɔfrɛɛ me fii yafunu mu.”

Nt., “Ɔde me siee ne nsa nwini ase.”

Anaa “Yehowa bɛma manya atɛntrenee.”

Anaa “nea wobu ne kra animtiaa.”

Anaa “Anisɔ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “nkoko a hwee nni so.”

Anaa “ohu ne mmɔborɔfo mmɔbɔ.”

Anaa “Makurukyerɛw.”

Anaa “me frankaa.”

Anaa “Wɔde wo mma mmarima begu wɔn nsa so aba.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “ɔhonam.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “tɛkrɛma a wɔatete no yiye.”

Nt., “asɛm.”

Ebetumi nso akyerɛ, “mede bɛhyɛ nea wabrɛ den.”

Anaa “ma wotutuu m’abogyesɛ.”

Anaa “obetumi ne me adi asi?”

Anaa “yennyina hɔ anim ne anim.”

Anaa “Sara a ɔde yaw kyem woo mo no.”

Anaa “me tumi.”

Anaa “rensɛe da.”

Anaa “m’akwankyerɛ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “bɛtena wɔn atifi.”

Anaa “Nea ɔka wo hyem.”

Nt., “nkwantia.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “wo kra.”

Anaa “wontwaa ne dua.”

Anaa “ani kann.”

Anaa “nkonimdi.”

Anaa “nhumu.”

Anaa “Ahemfo renhu nea wɔnka.”

“N’anim” betumi akyerɛ onipa bi anim anaa Onyankopɔn anim.

Anaa “biribiara nni ne ho a ɛbɛma ne ho ayɛ yɛn akɔnnɔ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Ná ɔte sɛ obi a nnipa ayi wɔn ani afi n’anim.”

Anaa “n’abrabɔ?”

Anaa “wɔbɔɔ no kum no.”

Nt., “osikani bi.”

Anaa “wanni nsɛmmɔne.”

Anaa “Nanso Yehowa ani gyee ho.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “n’aba.”

Anaa “nea Yehowa pɛ; nea Yehowa ani gye ho.”

Anaa “ne kra ahoyeraw.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “mma.”

Anaa “wura.”

Anaa “wura.”

Nt., “ɔredi honhom mu yaw.”

Anaa “m’abufuw yirii no.”

Anaa “mɔɔta.”

Anaa “ogya abo.”

Anaa “wo mma.”

Anaa “wo mma.”

Anaa “gyabiriw gya.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “mo akatua.”

Anaa “mo kra bedi.”

Nt., “srade.”

Anaa “mo kra benya.”

Anaa “ɛyɛ nokware.”

Anaa “obeyi ne yam de akyɛ no.”

Anaa “nkraman a wɔn kra yɛ den.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “nsã a ɛbow.”

Kyerɛ sɛ, wɔafa nnipa pa kɔ owu mu.

Ebetumi nso akyerɛ, “Sɛnea ɛbɛyɛ a mmusu renka no.”

Kyerɛ sɛ, ɔdamoa mu.

Anaa “subon.”

Anaa “Memma me bo nnwo.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛfa abosonsom ho.

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔhene no nkyɛn.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “wommotow.”

Anaa “na mabu m’ani agu mo nnwuma so.”

Anaa “ɔte hɔ daa.”

Nt., “nnipa honhom.”

Nt., “Merebɔ anofafa aba.”

Anaa “yedi mmuada.”

Anaa “yɛn kra di.”

Anaa “nea mo ani gye ho.”

Anaa “obi ma ne kra di awerɛhow.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nea wo kra kɔn dɔ.”

Anaa “ne kra werɛ ahow.”

Anaa “wo kra amee.”

Anaa “nea osiesie afasu a abubu.”

Anaa “nea w’ani gye ho.”

Nt., “nyɛ duru.”

Anaa “adehunu.”

Ɔwɔ bi a n’ano wɔ bɔre paa.

Nt., “na ɛyɛɛ n’ani so bɔne.”

Anaa “brɛɛ no.”

Anaa “nkonim.”

Anaa “ataade nsasin.”

Anaa “owiatɔe.”

Anaa “owiapuei.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba aba.”

Anaa “aba w’adekyee hann a ɛhyerɛn no ho.”

Nt., “wo.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “me fi fɛfɛɛfɛ.”

Anaa “bɛyɛ sɛ kan no.”

Anaa “ɔbɛma wo ho ayɛ fɛ.”

Anaa “nea ɔkyerɛ wo adwuma a wobɛyɛ.”

Anaa “ɔman kɛse.”

Anaa “anisɔ.”

Anaa “sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne ho ayɛ fɛ.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “ahonyade.”

Anaa “kyɛfa.”

Nt., “aba.”

Nt., “aba.”

Anaa “Me kra.”

Anaa “ataade nsasin.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “frankaa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɛbere kɔɔ.”

Anaa “mewɔw wɔn.”

Anaa “de nkonim brɛɛ me.”

Anaa “wɔrenni atoro.”

Anaa “ɔbɔfo a ogyina n’anim; n’anim bɔfo.”

Anaa “nsu a emu dɔ.”

Anaa “fɛfɛɛfɛ.”

Anaa “wɔtɔ wɔn bo ase twɛn no.”

Anaa “bratam.”

Nt., “Ɛnam yɛn bɔne nsa so nti.”

Nt., “yɛanan.”

Anaa “wo na woyɛɛ yɛn.”

Anaa “asɔrefi.”

Anaa “a ɛyɛ fɛ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “awɛnee.”

Anaa “nkwan a ɛho ntew.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Na mamma woanyɛ kronkron.”

Nt., “Mede akatua no begu wɔn kokom.”

Nt., “Medi kan asusuw wɔn akatua de agu wɔn kokom.”

Kyerɛ sɛ, bobe siaw.

Nt., “nhyira.”

Nt., “aba.”

Anaa “Asaasetraa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Nokwaredi.” Nt., “Amen.”

Anaa “Nokwaredi.” Nt., “Amen.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Sɛ obi anni mfe ɔha na owu a, wobebu no sɛ wɔadome no.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “adwumaden.”

Nt., “aba.”

Anaa “m’asɛm ho hia no.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “nea oyi ohoni ayɛ.”

Anaa “wɔn kra ani gye akyiwade ho.”

Anaa “n’asɛm ho hia mo.”

Anaa “awoko yaw.”

Anaa “tumi.”

Anaa “nnipa nyinaa.”

Kyerɛ sɛ, nturo soronko bi a wɔsom abosom wom.

Anaa “ɔsɛn.”

Nt., “aba.”

Anaa “Nnipa.”

Anaa “bɛba abɛsom me.”

Nt., “ɔhonam.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena