Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Yeremia 1:1-52:34
  • Yeremia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yeremia
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Yeremia

YEREMIA

1 Hilkia a ɔka asɔfo a wɔwɔ Anatot+ ho wɔ Benyamin asaase so no, ne ba Yeremia* nsɛm ni. 2 Yehowa ka kyerɛɛ no wɔ Amon+ ba Yosia+ a na ɔyɛ Yuda hene no bere so, wɔ n’ahenni afe a ɛto so 13 mu. 3 Nsɛm no bi nso baa ne nkyɛn wɔ Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no bere so besii Yuda hene Sedekia+ a ɔyɛ Yosia ba no ahenni afe a ɛto so 11 awiei, de besii bere a wɔsoaa Yerusalemfo kɔe wɔ bosome a ɛto so anum+ no mu.

4 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:

 5 “Bere a minnya nyɛɛ wo wɔ wo maame yam no, na minim wo.*+

Bere a wonnya nwoo wo* na metew wo ho.*+

Mede wo yɛɛ odiyifo maa amanaman no.”

 6 Ɛnna mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa!

Minnim kasa,+ efisɛ meyɛ abofra.”*+

 7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:

“Nka sɛ, ‘Meyɛ abofra.’

Mmom obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn no, kɔ,

Na asɛm biara a mɛhyɛ wo no, ka.+

 8 Mma sɛnea wɔte no nnhunahuna wo,+

Efisɛ ‘midi w’akyi, na megye wo,’+ Yehowa na waka.”

9 Ɛnna Yehowa teɛɛ ne nsa kaa m’ano.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Mede me nsɛm ahyɛ w’anom.+ 10 Hwɛ, ɛnnɛ da yi, mede wo asi amanaman ne ahenni ahorow so sɛ tutu na bubu, sɛe na dwiriw gu, si na dua.”+

11 Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ: “Yeremia, dɛn na wuhu yi?” Na mekae sɛ: “Mihu aborɔfo nkate dua* nkorabata bi.”

12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Woahu no yiye, na me nso, m’ani wɔ m’asɛm ho,* na mɛhwɛ ama ayɛ hɔ.”

13 Yehowa ka kyerɛɛ me ne mprenu so sɛ: “Dɛn na wuhu yi?” Na mekae sɛ: “Mihu dadesɛn* a biribi rehuru wom* a ano akyea hwɛ anaafo fam.” 14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:

“Atifi fam na wobehwie amanehunu no afi,

Na ebegu asaase no so nnipa nyinaa so.+

15 Efisɛ ‘merefrɛ mmusua a ɛwɔ atifi fam ahenni mu no nyinaa,’ Yehowa na waka,+

‘Na wɔbɛba; obiara de n’ahengua bɛba

Abesi Yerusalem kurow apon ano,+

Ne n’afasu nyinaa ho,

Ne Yuda nkurow nyinaa ho.+

16 Na mɛka m’atemmu wɔ bɔne a wɔayɛ nyinaa ho akyerɛ wɔn,

Efisɛ wɔagyaw me hɔ,+

Na wɔhyew afɔrebɔde ma anyame foforo,+

Na wɔkotow wɔn ankasa nsa ano adwuma.’+

17 Na wo de, yɛ krado,*

Na sɔre ka nea mɛhyɛ wo nyinaa kyerɛ wɔn.

Nsuro wɔn,+

Anyɛ saa a, mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim.

18 Na ɛnnɛ mayɛ wo kurow a wɔabɔ ho ban,

Ne dade dum, ne kɔbere afasu, na woatumi agyina asaase no sofo nyinaa anim,+

Ne Yuda ahemfo ne ne mpanyimfo anim,

Ne n’asɔfo ne asaase no so nnipa anim.+

19 Na wɔne wo bɛko,

Nanso wɔrentumi wo,*

Efisɛ ‘midi w’akyi,+ na megye wo,’ Yehowa na waka.”

2 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Kɔ, na kɔka gu Yerusalem asom sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni:

“Mekae ɔdɔ a na wodɔ me* wɔ wo mmabaabere mu,+

Ɔdɔ a wunya maa me bere a mede m’ano too wo so sɛ mɛware wo no,+

Mekae sɛnea wudii m’akyi wɔ sare no so,

Asaase a wonnuaa aba wɔ so no.+

 3 Ná Israel yɛ kronkron ma Yehowa,+ ɔyɛ ne nnɔbae a edi kan a otwae.”’

‘Obiara a ɔbɛmene no no bedi fɔ.

Mmusu na ɛbɛba wɔn so,’ Yehowa na waka.”+

 4 Muntie Yehowa asɛm, O Yakob fi,

Ne Israel fi mmusua nyinaa.

 5 Nea Yehowa aka ni:

“Bɔne bɛn na mo agyanom hui wɔ me ho,+

A enti wɔtwee wɔn ho fii me ho koraa saa,

A wɔakodi abosonhunu+ akyi ama wɔn nso adan nnipahunu yi?+

 6 Wɔammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he,

Nea oyii yɛn fii Egypt asaase so+

A odii yɛn anim faa sare so no,

Nea ɔde yɛn faa asaasetraa so+ ne amoa mu,

Nea ɔde yɛn faa asaase a nsu nni so+ na ɛso yɛ sum kabii so,

Nea ɔde yɛn faa asaase a onipa biara mfaa so da,

A ɔdasani biara ntenaa so da so no?’

 7 Na mede mo baa asaase a nturo ayɛ so ma so,

Sɛ mummedi ɛso aba ne ɛso nneɛma pa.+

Nanso mobae no, mubeguu m’asaase no ho fĩ;

M’agyapade no, modan no akyiwade.+

 8 Asɔfo no ammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he?’+

Wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Mmara no nso, na wonnim me,

Nguanhwɛfo no tew me so atua,+

Adiyifo no hyɛɛ nkɔm wɔ Baal din mu,+

Na wɔn* a wɔamfa mfaso biara ammrɛ wɔn no, wɔn na wodii wɔn akyi.

 9 ‘Ɛno nti, mɛsan abɔ mo sobo bio,’+ Yehowa na waka,

‘Na mo mma mma nso, mɛbɔ wɔn sobo.’

10 ‘Mo de, muntwam nkɔ Kitimfo mpoano nsaase*+ so nkɔhwɛ.

Yiw, monsoma nkɔ Kedar+ nkɔhwehwɛ mu yiye;

Monkɔhwɛ sɛ biribi saa asi pɛn a.

11 Ɔman bi asesã n’anyame akɔfa nea ɛnyɛ anyame pɛn anaa?

Nanso me man asesã m’anuonyam akɔfa nea mfaso biara nni so.+

12 Momfa ahodwiriw nhwɛ eyi, mo ɔsoro;

Mommɔ hu, na mo ho nwosow biribiribiri,’ Yehowa na waka,

13 ‘Efisɛ me man ayɛ bɔne abien:

Me a meyɛ nkwa nsuti no, wɔagyaw me hɔ,+

Na wɔakotutu wɔn ankasa mmura,*

Mmura a apaapae a nsu ntumi nnyina mu.’

14 ‘Adɛn, Israel yɛ akoa? Anaa ɔyɛ akoa a wɔwoo no wɔ ne wura fi?

Ɛnde adɛn nti na nkurɔfo de no rekɔyɛ akoa yi?*

15 Agyata* a wɔn ho yɛ den bobom gu no so;+

Wopow no.

Wɔama n’asaase adan biribi a ɛyɛ hu.

Wɔahyew ne nkurow, na obiara nte mu.

16 Nnipa a wɔwɔ Nof*+ ne Tapanes+ adidi wo tiri ho ama wo tiri ho apa.

17 Ɛnyɛ wo ara na woakɔfa eyi abɛto wo ho so?

Ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn a wugyaw no hɔ+

Bere a ɔne wo nam ɔkwan so no nti na aba saa.

18 Enti afei, adɛn na worehwehwɛ ɔkwan a ɛkɔ Egypt+

Akɔnom Sihor* mu nsu?

Na adɛn nti na worehwehwɛ ɔkwan a ɛkɔ Asiria+

Akɔnom Asubɔnten* no mu nsu?

19 W’amumɔyɛ bɛteɛ wo so,

Na wo ara wo nkontompo akasa akyerɛ wo.

Hwɛ na hu sɛ ɛyɛ bɔne, na ɛyɛ nwene paa+

Sɛ wubegyaw Yehowa wo Nyankopɔn hɔ;

Me ho suro biara nni wo mu,’+ Awurade Tumfo, asafo Yehowa na waka.

20 ‘Efi teteete na mibubuu wo kɔndua mu asinasin;+

Metetew ade a wɔde akyekyere wo no mu.

Nanso wokae sɛ: “Merensom wo.”

Na nkoko atenten nyinaa so ne nnua kusuu nyinaa ase+

Na na woda si tuutuu.+

21 Miduaa wo sɛ bobe kɔkɔɔ a eye;+ nea miduae nyinaa yɛ aba pa.

Enti ɛyɛɛ dɛn na woafifi abɛyɛ bobe bɔne a minhuu bi da wɔ m’anim yi?’+

22 ‘Na sɛ wode soda* ne samina ade ma guare mpo a,

Wo bɔne rentumi mpopa mfi m’anim,’+ Awurade Tumfo Yehowa na waka.

23 Wosɔre a wuse, ‘Minguu me ho fĩ.

Baal anyame nso, minkodii wɔn akyi.’

Hwɛ ɔbra a wobɔe* wɔ obon no mu.

Dwen nea woayɛ no ho.

Wote sɛ yomabere a ne ho yɛ hare,

A otu mmirikahunu di akɔneaba wɔ n’akwan so.

24 Woayɛ sɛ sare so afurum* a onim sare so yiye,

N’akɔnnɔ sɔre a,* ohuhua pɛ ɔbarima.

Sɛ ne bere so sɛ wɔforo no a, hena na obetumi asiw no kwan?

Wɔn a wɔrehwehwɛ no no, enhia sɛ wɔn mu biara haw ne ho.

Ne bere* so a, wobehu no.

25 Hwɛ na ankɔba sɛ wo nan besisi fam,

Na hwɛ wo menewa yiye na osukɔm anne wo.

Nanso wokae sɛ, ‘Mfaso biara nni so!+

Daabi! Medɔ ahɔho,*+

Na medi wɔn akyi.’+

26 Sɛnea wɔkyere ɔkorɔmfo a n’ani wu no,

Saa ara na Israel fi ani awu;

Wɔn, wɔn ahemfo, ne wɔn mpanyimfo,

Ne wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo nyinaa ani awu.+

27 Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Me papa ne wo,’+

Na wɔka kyerɛ ɔbo sɛ, ‘Wo na wowoo me.’

Na me de, wɔn akyi na wɔdan kyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim.+

Wɔkɔ amanehunu mu de a, wɔbɛka sɛ,

‘Sɔre na gye yɛn!’+

28 W’anyame a woyɛ fae no wɔ he?+

Sɛ wobetumi agye wo wɔ w’amanehunu bere mu a, ma wɔnsɔre.

O Yuda, sɛnea wo nkurow dɔɔso no, saa ara na w’anyame adɔɔso.+

29 ‘Adɛn nti na mokɔ so bɔ me sobo?

Adɛn nti na mo nyinaa atew me so atua?’+ Yehowa asɛm ni.

30 Matwe mo mma aso, nanso ɛyɛ ɔkwa.+

Wɔannye nteɛso biara antom;+

Mo ara mo asekan akunkum mo adiyifo+

Te sɛ gyata a n’ani abere.

31 O awo ntoatoaso, munnwen Yehowa asɛm ho.

Adɛn, mayɛ sɛ sare so ama Israel anaa?

Anaa madan asaase a aduru sum ama Israel ho yeraw no?

Adɛn nti na me man yi aka sɛ, ‘Yetumi kyinkyin sɛnea yɛpɛ.

Yɛremma wo nkyɛn bio’?+

32 Ɔbaabun werɛ betumi afi n’agude anaa?

Na ayeforo werɛ betumi afi n’abɔso* a ɔde siesie ne ho n’ayeforo da anaa?

Nanso me ara me man de, wɔn werɛ afi me nna pii.+

33 O ɔbea, ɔkwan a wobɛfa so anya ɔdɔfo de, wunim yɛ oo!

Woaben wo ho wɔ bɔne* mu.+

34 Wo ntaade mpo, ahiafo* a wodi bem mogya akekã mu,+

Ɛwom sɛ manhu sɛ wɔrebubu akɔ mu;

Wɔn mogya akekã w’ataade mu nyinaa.+

35 Na woka sɛ, ‘Midi bem.

Migye di sɛ n’abufuw adan afi me so.’

Afei de, mede atemmu reba wo so,

Efisɛ woka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne.’

36 Ɔkwan a wonam so no nye. Enti adɛn na wubu no ade ketewaa bi?

W’ani bewu wɔ Egypt nso ho,+

Sɛnea w’ani wui wɔ Asiria ho no.+

37 Eyi nso nti, wode wo nsa begu wo ti na woapue,+

Efisɛ Yehowa apo wɔn a wode wo ho ato wɔn so no;

Wɔrentumi mma ensi wo yiye.”

3 Nkurɔfo bisa sɛ: “Sɛ ɔbarima gyaa ne yere, na ɔbea no fi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforo yere a, ɔbarima no betumi akɔ ne nkyɛn bio anaa?”

Wɔde efĩ pɔtɔɔ aka asaase no, ɛnte saa?+

“Wo ne adɔfo pii asi tuutuu;+

Afei na woresan aba me nkyɛn?” Yehowa asɛm ni.

 2 “Ma w’ani so, na hwɛ nkoko a ɛso ayɛ kwabokwabo no.

Ɛhe na wɔntoo wo mmonnaa?

Wotenaa kwankyɛn twɛn wɔn,

Te sɛ obi a odi atutena* wɔ sare so.

Wokɔ so de wo tuutuusi ne w’amumɔyɛ

Gu asaase no ho fĩ.+

 3 Ɛno nti, osu agyae tɔ,+

Na osu ntɔ wɔ fefɛw bere mu.

W’anim* te sɛ ɔbea warefo a watoto n’ani awe a osi tuutuu;

Womfɛre hwee.+

 4 Afei de, woka kyerɛ me sɛ,

‘Me Papa, woyɛ me mmabaabere mu adamfo!+

 5 Sɛ obi de asɛm hyɛ ne mu afebɔɔ,

Anaa onya obi ho menasepɔw daa a, eye anaa?’

Asɛm a woka ni,

Nanso bɔne biara a ɛde bɔne no, woyɛ bi.”+

6 Ɔhene Yosia+ bere so no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “‘Israel a onni nokware no, woahu nea wayɛ? Waforo kɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so, na wakɔ dua kusuu biara ase akosi tuutuu.+ 7 Nea ɔyɛe yi nyinaa akyi, daa na meka kyerɛ no sɛ ɔnsan mmra me nkyɛn,+ nanso wansan amma; na Yuda kɔɔ so de n’ani hwɛɛ ne nuabea okontomponi no.+ 8 Bere a mihuu saa no, migyaa Israel a wanni nokware no aware+ esiane n’awaresɛe nti,+ na memaa no awaregyae krataa.* Nanso ne nuabea okontomponi Yuda ansuro; ɔno nso kɔe kosii tuutuu.+ 9 Obuu ne tuutuusi no sɛ ɛnyɛ hwee, na oguu asaase no ho fĩ daa, na ɔne abo ne nnua sɛee aware.+ 10 Eyi nyinaa akyi no, ne nuabea okontomponi Yuda amfa ne koma nyinaa ansan amma me nkyɛn, na mmom ɔbɛdaadaa me,’ Yehowa asɛm ni.”

11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Israel a wanni nokware no akyerɛ sɛ ɔteɛ* koraa sen okontomponi Yuda.+ 12 Kɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ atifi famfo sɛ:+

“‘“San bra, O ɔkobɔfo Israel,” Yehowa asɛm ni.’+ ‘“Meremmuna nkyerɛ mo,+ efisɛ meyɛ ɔnokwafo,” Yehowa na waka.’ ‘“Meremfa nhyɛ me mu afebɔɔ. 13 Ɛno ara ne sɛ, gye wo bɔne tom, efisɛ woatew Yehowa wo Nyankopɔn so atua. Wode wo ho* maa ahɔho* wɔ nnua kusuu nyinaa ase, nanso me de, moantie m’asɛm,” Yehowa asɛm ni.’”

14 “Mma akobɔfo ee, monsan mmra,” Yehowa asɛm ni. “Efisɛ mabɛyɛ mo wura ankasa,* na kurow biara mu, mɛfa onipa baako, na abusua biara mu, mɛfa nnipa baanu, na mede mo bɛba Sion.+ 15 Na mɛma mo nguanhwɛfo a wɔbɛyɛ nea me koma pɛ,+ na wɔde nimdeɛ ne nhumu bɛyɛn mo. 16 Mobɛdɔɔso na moasow aba wɔ asaase no so saa bere no,” Yehowa asɛm ni.+ “Wɔrenka bio sɛ, ‘Yehowa apam adaka!’ Ɛremma komam, wɔrenkae, wɔn ani rennyina, na wɔrenyɛ adaka no bio. 17 Saa bere no, wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ Yehowa ahengua;+ na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano abehyia ama Yehowa din wɔ Yerusalem,+ na wɔrenyɛ asoɔden nni wɔn koma bɔne no akyi bio.”

18 “Saa bere no, Yuda fi ne Israel fi bɛbɔ anan anantew,+ na wɔn baanu befi atifi asaase so akɔ asaase a mede maa mo agyanom sɛ wɔn agyapade no so.+ 19 Mekaa no me tirim sɛ, ‘Hwɛ sɛnea mede wo kaa mma ho na memaa wo asaase pa, agyapade a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ amanaman * mu no!+ Ná m’adwene nso yɛ me sɛ mobɛfrɛ me, ‘Me Papa!’ na morensan mfi m’akyi. 20 ‘Ampa ara, sɛnea ɔyere twa nkontompo gyaw ne kunu* hɔ no, saa ara na mo nso, moatwa me nkontompo, O Israel fi,’+ Yehowa asɛm ni.”

21 Wɔte nnyigyei bi wɔ nkoko a ɛso ayɛ kwabokwabo no so,

Ɛyɛ Israelfo sũ ne wɔn adesrɛ,

Efisɛ wɔakyea wɔn akwan;

Wɔn werɛ afi Yehowa wɔn Nyankopɔn.+

22 “Mma akobɔfo ee, monsan mmra.

Mɛsa mo yare, na moammɔ ko bio.”+

“Yɛn ni! Yɛaba wo nkyɛn,

Efisɛ wo, O Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn.+

23 Ampa ara, nkoko ne mmepɔw so gyegyeegye yɛ nnaadaa.+

Ampa ara, Yehowa yɛn Nyankopɔn ne Israel nkwagye.+

24 Nanso aniwude* no amene nea yɛn agyanom brɛ hwehwɛ fii yɛn mmofraase no,+

Wɔn nguan ne wɔn anantwi

Ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea nyinaa.

25 Momma yɛnna yɛn aniwu mu,

Na yɛn animguase nkata yɛn ho,

Efisɛ yɛayɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn bɔne,+

Yɛne yɛn agyanom nyinaa, efi yɛn mmofraase besi nnɛ,+

Na yɛantie Yehowa yɛn Nyankopɔn nne.”

4 “O Israel, sɛ wobɛsan w’akyi a,” Yehowa asɛm ni,

“Sɛ wobɛsan aba me nkyɛn

Na woayiyi w’abosom fĩ no afi m’anim a,

Ɛnde worenyɛ ɔkobɔfo bio.+

 2 Na sɛ woka ntam

Wɔ nokware, atɛntrenee, ne trenee mu sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa te ase yi!’ a,

Ɛnde amanaman no nam no so benya nhyira,

Na wɔbɛhoahoa wɔn ho wɔ ne mu.”+

3 Na nea Yehowa aka akyerɛ Yudafo ne Yerusalemfo ni:

“Mumfuntum asaase pa mfa,

Na ɛnsɛ sɛ mokɔ so dua ade wɔ nsɔe mu bio.+

 4 Muntwa twetia mma Yehowa,

Na muntwa mo koma twetia,+

Mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo,

Anyɛ saa a, nneɛma bɔne a moyɛ nti,

M’abufuw bɛdɛw sɛ ogya,

Na ɛbɛhyew a obiara rentumi nnum no.”+

 5 Monka wɔ Yuda, na mommɔ no dawuru wɔ Yerusalem.

Monteɛm na mommɔ abɛn wɔ asaase no so baabiara.+

Monteɛm denneennen, na monka sɛ: “Mommoaboa mo ano,

Na momma yenguan nkɔ nkurow a wɔabɔ ho ban no mu.+

 6 Momma ahyɛnsode* so na momfa ani nkyerɛ Sion.

Mompɛ baabi nhintaw, na munnnyina hɔ.”

Efisɛ mede amanehunu fi atifi fam reba,+ ɔsɛe kɛse bi.

 7 Wapue te sɛ gyata a ofi ne dɔtɔ mu reba;+

Nea ɔsɛe amanaman no atu reba.+

Watu afi ne tenabea sɛ ɔrebɛma w’asaase ayɛ tantaantan.

Ɔbɛsɛe wo nkurow pasaa, na obiara rentena mu.+

 8 Eyi nti mumfura awerɛhow ntama,*+

Munni awerɛhow* na munsu nteɛteɛm,

Efisɛ Yehowa abufuhyew no nnan mfii yɛn so.

 9 “Saa da no,” Yehowa asɛm ni, “ɔhene koma betu,+

Na atitiriw nso koma betu;

Asɔfo bɛbɔ hu, na adiyifo ho bedwiriw wɔn.”+

10 Ɛnna mekae sɛ: “Ao, Awurade Tumfo Yehowa! Ampa, woadaadaa ɔman yi+ ne Yerusalem paa. Wokae sɛ: ‘Mubenya asomdwoe,’+ nanso sekan na ɛda yɛn menem.”*

11 Saa bere no, wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ:

“Mframa a emu yɛ hyew befi sare so nkoko a ɛso ayɛ kwabokwabo so,

Na ɛbɛbɔ afa me man babea* so;

Ɛremma mmehuw hwiit so, na ɛremmeyiyi mu fĩ.

12 Mɛma mframa a ano yɛ den paa afi saa mmeae hɔ aba.

Afei mɛka atemmusɛm agu wɔn so.

13 Hwɛ! Ɔbɛba te sɛ omununkum,

Ne nteaseɛnam te sɛ mframa a ano yɛ den.+

N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre.+

Asɛm ato yɛn, efisɛ wɔasɛe yɛn awie!

14 O Yerusalem, hohoro wo koma ho fi bɔne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wo.+

Wobɛkɔ so adwen adwemmɔne akosi da bɛn?

15 Ɛnne bi rekasa fi Dan,+

Ɛrebɔ mmusu ho dawuru fi Efraim mmepɔw so.

16 Monka ho asɛm, yiw, monka ho asɛm nkyerɛ amanaman;

Mommɔ no dawuru nkyerɛ Yerusalem.”

“Atɛwfo* fi akyirikyiri asaase bi so reba,

Na wɔbɛma wɔn nne so atia Yuda nkurow.

17 Wofi afã ne afã nyinaa ba no so te sɛ awɛmfo a wɔwɛn afuw,+

Efisɛ watew me so atua,”+ Yehowa asɛm ni.

18 “Wɔde wo ara w’abrabɔ ne wo nneyɛe bɛba wo so.+

Mmusu a ɛbɛba wo so no yɛ nwene sɛ!

Efisɛ awura wo koma mu tɔnn!”

19 Me nsono mu oo! Me nsono mu oo!*

Mete yaw kɛse wɔ me komam.*

Me koma rebɔ paripari wɔ me mu.

Mintumi nyɛ komm,

Efisɛ mate* abɛn nnyigyei,

Ɛyɛ ɔko torobɛnto.*+

20 Amanehunu rekɔ, na amanehunu reba; ɛno ara na yɛte,

Efisɛ wɔasɛe asaase no nyinaa.

Mpofirim ara na wɔsɛee me ntamadan,

Prɛko pɛ na wɔsɛee ntama a wɔde ayɛ me ntamadan no.+

21 Mɛkɔ so ahu ahyɛnsode* yi akosi da bɛn?

Na mɛkɔ so ate abɛn nnyigyei yi akosi da bɛn?+

22 “Efisɛ me man yɛ nkwaseafo;+

Wɔmfa me nyɛ hwee.

Wɔyɛ mma agyimifo a wonni ntease.

Ɛba bɔne a, wɔn ani atew,*

Na papa de, wonnim ho hwee.”

23 Mehwɛɛ asaase no, na hwɛ! na hwee nni so, na na asɛe pasaa.+

Mehwɛɛ ɔsoro, na na ne hann nni hɔ bio.+

24 Mehwɛɛ mmepɔw, na hwɛ! na ɛrewosow,

Na na nkoko rehinhim.+

25 Mehwɛe, na hwɛ! na onipa biara nni hɔ,

Na na wim nnomaa nyinaa atutu kɔ.+

26 Mehwɛe, na hwɛ! asaase a nturo ayɛ so ma no adan sare,

Na wɔasɛe ɛso nkurow nyinaa.+

Yehowa na ɔyɛe,

N’abufuhyew nti na ɔyɛe.

27 Na nea Yehowa aka ni: “Asaase no nyinaa bɛdan amamfo,+

Nanso merensɛe no pasaa.

28 Ɛno nti asaase no bedi awerɛhow,+

Na ɔsoro beduru sum,+

Efisɛ me na makasa, na me na masi gyinae.

Merensesa m’adwene,* na merentwe nsan* nso.+

29 Wɔn a wɔtete apɔnkɔ so ne wɔn a wɔtotow agyan no dede nti,

Kurow no nyinaa aguan.+

Wɔakɔhyehyɛ adɔtɔ mu,

Na wɔaforo abotan.+

Kurow biara ada mpan,

Na onipa biara nte mu bio.”

30 Afei a wɔayɛ wo pasaa yi, dɛn na wobɛyɛ?

Kan no, wufuraa ntama kɔkɔɔ,

Wode sika kɔkɔɔ agude hyehyɛɛ wo ho,

Wokekaa w’ani ase* tumm sɛnea ɛbɛyɛ a w’ani aba bepuepue yiye.

Nanso w’ahosiesie no nyinaa ankosi hwee,+

Efisɛ wɔn a wɔpɛ wo no mpo apo wo.

Seesei wɔrepɛ wo akum wo.*+

31 Mete nne bi te sɛ ɔbea yarefo nne,

Me ho yeraw me te sɛ ɔbea a ɔrewo n’abakan,

Ɛyɛ Sion babea nne; ɔhome a ensi so.

Watrɛw ne nsam, na ɔka sɛ:+

“Asɛm ato me, efisɛ awudifo nti mabrɛ!”*

5 Munkyin Yerusalem mmorɔn so.

Montoto mo ani, na monhwɛ.

Monhwehwɛ ne mmɔnten so nhwɛ sɛ

Mubehu onipa bi a obu atɛntrenee,+

A ɔyere ne ho sɛ obedi nokware anaa.

Anka mede kurow no ho bɛkyɛ no.

 2 Sɛ wɔka sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi!” mpo a,

Ɛyɛ ntam hunu na wɔka.+

 3 O Yehowa, ɛnyɛ nokwaredi na wode w’ani rehwehwɛ anaa?+

Wobɔɔ wɔn, nanso antumi wɔn.*

Wotɔree wɔn ase, nanso wɔpoo nteɛso.+

Wɔmaa wɔn anim yɛɛ den sen ɔbotan,+

Na wɔansesa wɔn akwan.+

 4 Na meka kyerɛɛ me ho sɛ: “Eyinom yɛ nnipa a wonnim hwee.

Wodi nkwaseasɛm, efisɛ wonnim Yehowa kwan,

Na wonnim wɔn Nyankopɔn atemmu.

 5 Mesim akɔ atitiriw no nkyɛn na me ne wɔn akɔkasa,

Efisɛ wɔn de, sɛnea ɛte biara wonim Yehowa kwan,

Na wonim wɔn Nyankopɔn atemmu.+

Nanso sɛɛ na wɔn nyinaa abubu kɔndua no;

Na wɔatetew nhama no mu.”

 6 Ɛno nti na kwae mu gyata tow hyɛ wɔn so,

Na sare so pataku sɛe wɔn,

Na ɔsebɔ tetɛw wɔn nkurotia no.

Obiara a opue fi nkurow no mu no, ɔtetew no pasaa.

Efisɛ wɔn bɔne dɔɔso;

Wɔn mmarato nni ano.+

 7 Ɛbɛyɛ dɛn na mede eyi akyɛ wo?

Wo mma agyaw me hɔ,

Na nea ɛnyɛ Onyankopɔn na wɔde ka ntam.+

Nea wohia biara mede maa wɔn,

Nanso wɔkɔɔ so sɛee aware,

Na wɔboom yuu kɔɔ tuutuuni fi.

 8 Wɔte sɛ apɔnkɔ a wɔn akɔnnɔ asɔre a wɔnte gyae.

Obiara sũ di ne yɔnko yere akyi.+

 9 “Nea wɔayɛ yi, ɛnsɛ sɛ mitua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm ni.

“Ɔman a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ meyɛ* wɔn bi tua ka anaa?”+

10 “Momforo mmra ne bobe mfuw so na monsɛe no,

Nanso monnhyew ase korakora.+

Muntwitwa ne mmaa a ɛrefefɛw na ɛretrɛtrɛw no,

Efisɛ ɛnyɛ Yehowa dea.

11 Israel fi ne Yuda fi

Atwa me nkontompo yayaayaw,” Yehowa asɛm ni.+

12 “Wɔapo Yehowa, na nea wɔka ara ne sɛ,

‘Ɔrenyɛ hwee.*+

Mmusu biara remma yɛn so;

Sekan remma yɛn so, na yɛrenhu kɔm.’+

13 Mframa ayɛ adiyifo no ma,

Na asɛm no* nni wɔn mu.

Ma eyi mmra wɔn so!”

14 Enti nea asafo Yehowa Nyankopɔn aka ni:

“Esiane nea nnipa yi reka nti,

Hwɛ, mɛma m’asɛm ayɛ ogya wɔ w’anom,+

Na ɔman yi ayɛ anyina,

Na ɛbɛhyew wɔn.”+

15 “O Israel fi,+ hwɛ, mede ɔman bi fi akyirikyiri reba mo so,” Yehowa asɛm ni.

“Ɛyɛ ɔman a akyɛ,

Ɛyɛ ɔman a ɛwɔ hɔ fi teteete,

Ɔman a munnim wɔn kasa

A monte nea wɔka no ase.+

16 Wɔn agyan kotoku te sɛ ɔdamoa a wɔnkataa so;

Wɔn nyinaa nim akodi yiye.

17 Wobedi wo nnɔbae ne w’aduan.+

Wobekunkum wo mma mmarima ne wo mma mmea.

Wɔbɛwe wo nguan ne w’anantwi.

Wɔbɛsɛe wo bobe ne wo borɔdɔma nnua.

Wɔde sekan bɛsɛe wo nkurow a wɔabɔ ho ban a wode wo ho ato so no.”

18 “Nanso saa bere no mpo,” Yehowa asɛm ni, “merensɛe mo pasaa.+ 19 Na sɛ wobisa sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa yɛn Nyankopɔn ama eyi nyinaa ato yɛn?’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛnea mugyaw me hɔ kɔsom ananafo nyame wɔ mo asaase so no, saa ara na mobɛsom ananafo wɔ asaase a ɛnyɛ mo de so.’”+

20 Monka eyi wɔ Yakob fi,

Na mommɔ no dawuru wɔ Yuda sɛ:

21 “Ɔman nkwaseafo a munnim nyansa,* muntie eyi:+

Wɔwɔ ani, nanso wonhu ade;+

Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.+

22 ‘Enti munsuro me?’ Yehowa asɛm ni,

‘Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ m’anim anaa?

Me na mede anwea twaa ɛpo ano hye,

Na mede yɛɛ daa ahyɛde a ɛrentumi ntra.

Sɛ n’asorɔkye bɔ mpo a, ɛrentumi ntwiw mfa so;

Na sɛ ehuru sɛ dɛn mpo a, ɛrentumi ntra.+

23 Na ɔman yi wɔ asoɔden ne atuatew koma;

Wɔaman, na wɔakɔfa wɔn ankasa kwan so.+

24 Wɔnka wɔ wɔn komam sɛ:

“Afei de, momma yensuro Yehowa yɛn Nyankopɔn,

Nea ɔma osu tɔ wɔ ne bere mu,

Osutɔbere mu osu* ne fefɛw bere mu osu,*

Nea ɔhwɛ ma yenya nnawɔtwe a yetwa nnɔbae wom no.”+

25 Mo ara mo mfomso na ama moahwere nneɛma yi;

Mo ara mo bɔne na ama nneɛma pa abɔ mo.+

26 Efisɛ abɔnefo wɔ me nkurɔfo mu.

Wɔtetɛw daa sɛnea nnomaayifo kotokotow no.

Wosum afiri a edi awu.

Nnipa na wɔde yi wɔn.

27 Nnaadaa ayɛ wɔn afi ma,+

Te sɛ ebuw a nnomaa ayɛ mu ma.

Ɛno nti na wɔanya tumi na wɔanya wɔn ho no.

28 Wɔadodɔ srade, na wɔayeyɛ nomenome.

Bɔne adonnɔn wɔn.

Wonni agyanka asɛm mma no,+

Ɛno nti wodi yiye;

Na wommu atɛn mma ahiafo.’”+

29 “Nea wɔayɛ yi, ɛnsɛ sɛ mitua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm ni.

“Ɔman a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ meyɛ* wɔn bi tua ka anaa?”

30 Biribi a ɛyɛ asefem na ani yɛ nyan asi wɔ asaase no so:

31 Adiyifo no hyɛ nkɔm a ɛyɛ atoro,+

Na asɔfo no de wɔn tumi hyɛ nkurɔfo so.

Me man nso pɛ no saa.+

Nanso sɛ awiei no ba a, dɛn na mobɛyɛ?”

6 O Benyamin mma, mompɛ baabi nhintaw, munguan mfi Yerusalem.

Mommɔ abɛn+ no wɔ Tekoa;+

Monsɔ ogya mfa nyɛ ahyɛnsode wɔ Bet-Hakerem!

Efisɛ mmusu bi fi atifi fam reba, ɔsɛe kɛse bi.+

 2 Sion babea te sɛ ɔbea hoɔfɛfo a wogyigye no so.+

 3 Nguanhwɛfo ne wɔn nguankuw bɛba.

Wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia,+

Na obiara bɛma ne nguan adidi.+

 4 “Munsiesie mo ho* ne no nkɔko!

Monsɔre mma yɛnkɔtow nhyɛ no so awia ketee!”

“Asɛm ato yɛn! Efisɛ ade resa,

Na anwummere sunsuma reyɛ tenten!”

 5 “Monsɔre mma yɛnkɔtow nhyɛ no so anadwo,

Na yɛnsɛe n’aban a ɛyɛ den no.”+

 6 Na nea asafo Yehowa aka ni:

“Muntwitwa nnua na monto Yerusalem ho akoban.*+

Ɛyɛ kurow a ɛsɛ sɛ etua ne bɔne so ka;

Nhyɛso nko ara na ɛwɔ ne mu.+

 7 Sɛnea abura ma nsu a ɛwom yɛ nwini no,

Saa ara na ɔma ne bɔne yɛ nwini.

Wɔte sɛ basabasayɛ ne ɔsɛe rekɔ so wɔ ne mu;+

Ɔyare ne ɔhaw na ɛwɔ m’anim daa.

 8 O Yerusalem, hwɛ yiye, anyɛ saa a, wo ho bɛyɛ me abofono ama matwe me ho* afi wo ho;+

Mɛma woayɛ amamfo, asaase a obiara nte so.”+

 9 Nea asafo Yehowa aka ni:

“Wɔbɛsesaw Israelfo a aka no akɔ korakora, sɛnea wɔtetew bobe a aka wɔ ne dua so no.

Ma wo nsa nni akɔneaba sɛ obi a ɔretetew bobe afi bobe dua so.”

10 “Henanom na menkasa nkyerɛ wɔn na memmɔ wɔn kɔkɔ?

Henanom na wobetie?

Hwɛ! Wɔasisiw wɔn aso* sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrente asɛm.+

Hwɛ! Yehowa asɛm yɛ wɔn ahĩ;+

Wonni ho anigye biara.

11 Ɛno nti Yehowa abufuw ahyɛ me ma.

Makura mu abrɛ.”+

“Hwie gu abofra a ɔnam abɔnten so,+

Ne mmerante a wɔaboa wɔn ano so.

Wɔbɛkyere wɔn nyinaa, ɔbarima ne ne yere,

Nkwakoraa ne nkwakoraa posoposo.*+

12 Wɔn afi bɛyɛ nkurɔfo dea;

Wɔn nsaase ne wɔn yerenom nso bɛyɛ nkurɔfo dea.+

Na mɛteɛ me nsa wɔ asaase no sofo so,” Yehowa asɛm ni.

13 “Efisɛ efi akumaa so kosi ɔkɛse so, obiara pɛ mfaso bɔne;+

Efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa bu nkurɔfo fa so.+

14 Wɔsa me man akuru biarabiara,* na wɔka sɛ,

‘Asomdwoe wɔ hɔ! Asomdwoe wɔ hɔ!’

Nanso asomdwoe biara nni hɔ.+

15 Akyiwade a wɔayɛ no, ɛyɛ wɔn aniwu anaa?

Ɛnyɛ wɔn aniwu koraa!

Wɔn ani mmu wɔn dwɛ!*

Ɛno nti, wɔbɛhwehwe ase wɔ wɔn a wɔahwehwe ase mu.+

Na ɛda a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wobehintihintiw,” Yehowa na waka.

16 Nea Yehowa aka ni:

“Munkogyina nkwanta so na monhwɛ.

Mummisa tete akwantempɔn no ho asɛm,

Mummisa baabi a ɔkwan pa no wɔ, na momfa so,+

Na mo ho nnwo mo.”*

Nanso wɔkae sɛ: “Yɛremfa so.”+

17 “Mede awɛmfo sisii mo so,+ na wɔkae sɛ,

‘Muntie abɛn no nnyigyei no!’”+

Nanso wɔkae sɛ: “Yɛrentie.”+

18 “Ɛno nti, O amanaman, muntie!

O asafo, munhu

Nea ɛbɛto wɔn.

19 O asaase, yɛ aso!

Mede amanehunu reba ɔman yi so;+

Ɛyɛ wɔn adwemmɔne so aba na wɔretwa,

Efisɛ wɔantie me nsɛm,

Na wɔpoo me mmara.”*

20 “Sɛ mode ɛhyɛ* fi Saba ba a, ɛfa me ho bɛn?

Na mode sibiri huamhuam* fi akyirikyiri asaase so ba a, dɛn na ɛbɛyɛ ama me?

Mempɛ mo hyew afɔre,

Na mo afɔre nso nsɔ m’ani.”+

21 Enti nea Yehowa aka ni:

“Mede hintidua bɛto ɔman yi anim,

Na ɛbɛma wɔahintiw,

Agyanom ne mma nyinaa,

Ofipamfo ne ne yɔnko,

Na wɔn nyinaa bɛsɛe.”+

22 Nea Yehowa aka ni:

“Hwɛ! Ɔman bi fi atifi asaase so reba,

Wɔbɛkanyan ɔman kɛse bi afi asaase ano akyirikyiri aba.+

23 Wɔde agyan ne peaw na ɛbɛba.

Wɔn tirim yɛ den, na wɔrenhu obiara mmɔbɔ.

Wɔn nne begyigye te sɛ ɛpo,

Na wɔtete apɔnkɔ so.+

Wɔbɛboaboa wɔn ho ano aba wo so te sɛ ɔsabarima, O Sion babea.”

24 Yɛate ho asɛm.

Yɛn nsam agow;+

Yɛn ho yeraw yɛn,

Yɛte yaw te sɛ ɔbea a ɔrewo.+

25 Mpue nkɔ afuw mu,

Na nkɔnantew ɔkwan so,

Efisɛ ɔtamfo no wɔ sekan;

Ehu atwa wo ho ahyia.

26 O me man babea,

Fura awerɛhow ntama,*+ na munumunum wɔ nsõ mu.

Di awerɛhow te sɛ obi a ɔresu teɛteɛm di ne ba baako pɛ wu ho awerɛhow,+

Efisɛ prɛko pɛ na ɔsɛefo no bɛba yɛn so.+

27 “Mede wo* asi hɔ sɛ obi a ɔsɔ dade hwɛ wɔ me man mu,

Obi a ɔhwehwɛ nneɛma mu yiye;

Fa w’ani to fam hwɛ wɔn yiye, na hwehwɛ wɔn akwan mu.

28 Wɔn nyinaa aso yɛ den dodo;+

Wɔnenam sɛe nkurɔfo din.+

Wɔte sɛ kɔbere ne dade;

Wɔn nyinaa asɛe.

29 Afa* no ahyew.

Sumpii* na wonya fi wɔn gya mu.

Wɔyere wɔn ho nan no kwa,+

Na wonyii abɔnefo mfii wɔn mu.+

30 Nkurɔfo bɛfrɛ wɔn sɛ dwetɛ a wɔapo,

Efisɛ Yehowa apo wɔn.”+

7 Asɛm a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn ni: 2 “Kogyina Yehowa fi pon no ano, na bɔ asɛm yi dawuru wɔ hɔ sɛ, ‘Muntie Yehowa asɛm, mo Yudafo a mofa apon yi mu bɛkotow Yehowa nyinaa. 3 Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Monsesa mo akwan ne mo nneyɛe, na mɛma moakɔ so atena ha.+ 4 Munnnye nkontomposɛm nnni na monnka sɛ, ‘Eyi* ne Yehowa asɔrefi, Yehowa asɔrefi, Yehowa asɔrefi!’+ 5 Na sɛ mosesa mo akwan ne mo nneyɛe ampa, na mubu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntrenee,+ 6 na sɛ moanhyɛ ɔhɔho ne agyanka ne okunafo so,+ na moanhwie mogya a edi bem angu wɔ ha, na sɛ moankodi anyame foforo akyi amfa amanehunu amma mo so a,+ 7 ɛnde mɛma moakɔ so atena ha, asaase a mede maa mo agyanom sɛ wɔntena so afebɔɔ* no.”’”

8 “Nanso mode mo ho ato nkontomposɛm so;+ ɛremmoa mo ɔkwan biara so. 9 Mugye di sɛ mubetumi abɔ korɔn,+ adi awu, asɛe aware, akeka ntam hunu,+ abɔ afɔre* ama Baal,+ akodi anyame a munnim wɔn akyi, 10 na moyɛ akyiwade yi nyinaa wie a, moasan abegyina m’anim wɔ ofi a me din da so yi mu aka sɛ, ‘Wobegye yɛn nkwa’? 11 Enti ofi a me din da so yi na moafa no sɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw yi?+ Hwɛ, m’ankasa mahu,” Yehowa asɛm ni.

12 “‘Afei, monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo,+ baabi a midii kan maa me din tenaa hɔ no,+ na monkɔhwɛ nea me man Israel bɔne a wɔyɛe no nti meyɛɛ hɔ.+ 13 Nanso mokɔɔ so yɛɛ eyinom nyinaa,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mekasa kyerɛɛ mo mpɛn pii,* nanso moantie.+ Mekɔɔ so frɛɛ mo, nanso moannye so.+ 14 Enti sɛnea meyɛɛ Silo no,+ saa ara na mɛyɛ ofi a me din da so+ a mode mo ho ato so yi,+ na saa ara nso na mɛyɛ tenabea yi a mede maa mo ne mo agyanom no. 15 Mɛtow mo afi m’anim agu, sɛnea metow mo nuanom nyinaa, Efraim asefo nyinaa gui no.’+

16 “Na wo de, mmɔ mpae mma ɔman yi. Nsu mfrɛ me mma wɔn, mmɔ mpae mma wɔn,+ na nsrɛ mma wɔn, efisɛ merentie wo.+ 17 Nea wɔreyɛ wɔ Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmɔnten so no, wunhui anaa? 18 Mma boaboa anyina ano, na agyanom sɔ ogya no, ɔyerenom fɔtɔw esiam, na wɔde yɛ afɔrebɔ keeki ma Ɔsoro Hemmaa,*+ na wohwie afɔrebɔ nsã ma anyame foforo de hyɛ me abufuw.+ 19 ‘Ɛyɛ me na wɔhyɛ me abufuw* anaa?’ Yehowa asɛm ni. ‘Ɛnyɛ wɔn ara na wɔyɛ saa de gu wɔn anim ase?’+ 20 Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Hwɛ! Wobehwie m’abufuw ne m’abufuhyew agu ha,+ na wobehwie agu nnipa ne mmoa ne wuram nnua ne asaase so aba so; ɛbɛhyew na ɛrennum.’+

21 “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Monkɔ so, momfa mo hyew afɔre nka mo afɔre a aka no ho, na mo ara monwe nam no.+ 22 Efisɛ da a miyii mo agyanom fii Egypt asaase so no, manka ɔhyew afɔre ne afɔre ahorow ho asɛm ankyerɛ wɔn, na mamfa ɛho ahyɛde biara amma wɔn.+ 23 Na mmom ahyɛde yi na mede maa wɔn: “Muntie me nne, na mɛyɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me man.+ Monnantew akwan a mɛhyɛ sɛ momfa so nyinaa so, na asi mo yiye.”’+ 24 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso;+ mmom wodii wɔn ankasa adwemmɔne* akyi yɛɛ asoɔden dii wɔn koma bɔne akyi.+ Enti wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ wɔn anim; 25 wɔayɛ saa fi da a mo agyanom fii Egypt asaase so bae no de besi nnɛ.+ Enti mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn; daa na mesoma wɔn ba mo nkyɛn mpɛn pii.*+ 26 Nanso wɔantie me; wɔanyɛ aso amma me.+ Mmom wɔyɛɛ asoɔden,* na wɔyɛɛ bɔne sen wɔn agyanom mpo!

27 “Wobɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ wɔn,+ nanso wɔrentie wo; wobɛfrɛ wɔn, nanso wɔrennye wo so. 28 Na wobɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Eyi ne ɔman a emufo ntie Yehowa wɔn Nyankopɔn asɛm na wonnye nteɛso no. Nokwaredi ayera, na wɔnka ho asɛm mpo wɔ wɔn mu.’*+

29 “Yi wo ti nwi a woagyaw* no, na tow gu, na ma awerɛhow dwom* so wɔ nkoko a ɛso ayɛ kwabokwabo so, efisɛ Yehowa apo saa awo ntoatoaso a wɔahyɛ no abufuw yi, na obegyaw wɔn hɔ. 30 ‘Efisɛ Yudafo ayɛ bɔne wɔ m’ani so,’ Yehowa asɛm ni. ‘Wɔde wɔn abosom fĩ no akosisi ofi a me din da so no mu de agu ho fĩ.+ 31 Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea* wɔ Hinom Ba Bon*+ no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyew wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea wɔ ogya mu.+ Nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa me komam mpo da.’*+

32 “‘Enti hwɛ! nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom Ba Bon* bio, na mmom wɔbɛfrɛ no Okum Bon. Wobesie nnipa wɔ Tofet akosi sɛ wɔrennya baabi nsie obiara bio.+ 33 Na ɔman yi afunu bɛyɛ wim nnomaa ne asaase so mmoa aduan, na obiara nni hɔ a ɔbɛpam wɔn.+ 34 Na mɛma ahurusi nnyigyei ne osebɔ nnyigyei, ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne agyae+ wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so, efisɛ asaase no bɛdan amamfo.’”+

8 “Saa bere no,” Yehowa asɛm ni, “wobeyiyi Yuda ahemfo nnompe ne ne mpanyimfo nnompe ne asɔfo nnompe ne adiyifo nnompe ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn adamoa mu. 2 Na wɔbɛbaabae mu akyerɛ owia ne ɔsram ne ɔsoro asafo a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsom wɔn, na wodii wɔn akyi, na wɔhwehwɛɛ wɔn akyi kwan, na wɔkotow wɔn no nyinaa.+ Wɔremmoa ano, na wɔrensie. Ɛbɛyɛ sumina* wɔ asaase ani.”+

3 “Abusua bɔne yi nkaefo a wobenya wɔn ti adidi mu no, wɔbɛpɛ owu asen nkwa wɔ baabi a mɛbɔ wɔn ahwete no nyinaa,” asafo Yehowa na waka.

4 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni:

“Wɔbɛhwe ase a wɔrensɔre bio anaa?

Sɛ ɔbaako san n’akyi a, obi foforo nso rensan n’akyi anaa?

 5 Adɛn nti na saa nkurɔfo yi, Yerusalemfo, nni nokware na wɔkɔ so ara twa nkontompo yi?

Wokura nnaadaa mu denneennen;

Wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.+

 6 Mewɛn m’aso, na mekɔɔ so tiei, nanso wɔanka nokware.

Wɔn mu baako mpo nni hɔ a ɔsakra fii ne bɔne ho, anaa obisae sɛ, ‘Ɛdɛn na mayɛ yi?’+

Wɔn mu biara san n’akyi kɔyɛ nea obiara yɛ no bi wɔte sɛ ɔpɔnkɔ a ɔde mmirika rekɔ ɔko.

 7 Asukɔnkɔn a ɔwɔ wim mpo nim ne bere;*

Aburuburuw ne asomfena ne apatiprɛw* mpo, sɛ bere so sɛ wɔbɛsan akɔ baabi a wofi bae a, wɔsan kɔ.

Nanso me ara me man de, wɔnte Yehowa atemmu ase.”’+

 8 ‘Adɛn nti na moka sɛ: “Yenim nyansa, na yɛwɔ Yehowa mmara”?*

Nea ɛwom ne sɛ, akyerɛwfo kyerɛwdua a ɛnka nokware no,+ atoro nko ara na wɔde kyerɛw.

 9 Anyansafo ani awu.+

Wɔabɔ hu, na wɔbɛkyere wɔn.

Hwɛ! Yehowa asɛm na wɔapo yi,

Na nyansa bɛn na wɔwɔ?

10 Ɛno nti, mede wɔn yerenom bɛma mmarima foforo,

Na mede wɔn nsaase bɛma nkurɔfo;+

Efisɛ efi akumaa so kosi ɔkɛse so, obiara pɛ mfaso bɔne;+

Efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa bu nkurɔfo fa so.+

11 Wɔsa me man babea akuru biarabiara,* na wɔka sɛ,

“Asomdwoe wɔ hɔ! Asomdwoe wɔ hɔ!”

Nanso asomdwoe biara nni hɔ.+

12 Akyiwade a wɔayɛ no, ɛyɛ wɔn aniwu anaa?

Ɛnyɛ wɔn aniwu koraa!

Wɔn ani mmu wɔn dwɛ!*+

Ɛno nti, wɔbɛhwehwe ase wɔ wɔn a wɔahwehwe ase mu.

Na ɛda a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wobehintihintiw,”+ Yehowa na waka.

13 ‘Sɛ meboaboa wɔn ano a, mɛma wɔn awiei aba,’ Yehowa na waka.

‘Bobe aba biara renka wɔ bobe dua so, borɔdɔma biara renka wɔ borɔdɔma dua so, na ɛso nhaban bɛhyew.*

Na nea mede maa wɔn no befi wɔn nsa.’”

14 “Yɛtete ha reyɛ dɛn?

Momma yɛmmoaboa yɛn ano na yɛnkɔ nkurow a wɔabɔ ho ban no mu+ na yenkowuwu wɔ hɔ.

Efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn bekunkum yɛn;

Wama yɛn nsu a awuduru wom sɛ yɛnnom,+

Efisɛ yɛayɛ Yehowa bɔne.

15 Yɛhwɛɛ asomdwoe kwan, nanso adepa biara amma;

Yɛhwɛɛ ayaresa kwan, nanso ade a ɛyɛ hu na aba!+

16 Wote sɛ atamfo no apɔnkɔ reporow wɔn hwene mu wɔ Dan.

N’apɔnkɔnini sũ

Ma asaase no nyinaa wosow.

Wɔba bɛsɛe asaase no ne nea ɛwɔ so nyinaa,

Nkurow no ne emu nnipa.”

17 “Na hwɛ, meresoma awɔ aba mo mu,

Awɔ a wɔn ano wɔ bɔre a nkonyaayifo rentumi nnwudwo wɔn,

Na wɔbɛkeka mo,” Yehowa na waka.

18 M’awerɛhow nni aduru;

Me koma yare.

19 Wɔte me man babea sufrɛ

Wɔ akyirikyiri asaase bi so sɛ:

“Yehowa nni Sion anaa?

Anaasɛ ne hene nni hɔ?”

“Adɛn nti na wɔde wɔn ahoni a wɔasen hyɛ me abufuw,

Na wɔde ananafo anyamehunu huru me bo?”

20 “Twabere atwam, ahohuru bere aba n’awiei,

Nanso wonnyee yɛn!”

21 Me man babea sɛe no nti, mabubu;+

Me werɛ ahow.

Ehu akyekyere me.

22 Balsam ngo* nni Gilead anaa?+

Na ɔyaresafo* biara nni hɔ?+

Ɛnde, adɛn nti na wɔnsaa me man babea yare?+

9 O sɛ me ti yɛ nsu a,

Sɛ m’ani yɛ nisu abura* a,+

Anka mesu awia ne anadwo,

Me manfo a wɔakunkum wɔn no nti.

 2 Sɛ mewɔ akwantufo tenabea wɔ sare so a,

Anka megyaw me man hɔ na mafi wɔn nkyɛn akɔ,

Efisɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo,+

Nkontompofo fekuw.

 3 Wokuntun wɔn tɛkrɛma mu te sɛ agyan;

Nokwaredi ayera; atorodi nko ara na ɛwɔ asaase no so.+

“Wɔkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu,

Na wɔmfa me nyɛ hwee,”+ Yehowa asɛm ni.

 4 “Obiara nhwɛ ne ho yiye wɔ ne yɔnko ho,

Na wo nua mpo, mfa wo ho nto no so.

Efisɛ onua biara yi ne nua ma,+

Na ɔyɔnko biara sɛe ne yɔnko din.+

 5 Obiara sisi ne yɔnko,

Na obiara nka nokware.

Wɔakyerɛ wɔn tɛkrɛma atorodi.+

Wɔyɛ bɔne de hyɛ wɔn ho brɛ.

 6 Nnaadaa mu na wote.

Nnaadaa nti, wɔmpɛ sɛ wohu me,” Yehowa asɛm ni.

 7 Ɛno nti, nea asafo Yehowa aka ni:

“Mɛnan wɔn, na mahwehwɛ wɔn mu.+

Sɛ manyɛ me man babea saa a, dɛn bio na mɛyɛ no?

 8 Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a edi awu; nnaadaasɛm na ɛka.

Onipa de n’ano ka asomdwoe asɛm kyerɛ ne yɔnko,

Nanso ne mu de, ɔtetɛw no.”

 9 “Nea wɔayɛ yi, ɛnsɛ sɛ mitua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm ni.

“Ɔman a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ meyɛ* wɔn bi tua ka anaa?+

10 Mesu mmepɔw no na mabɔ bena,

Na mmoa adidibea a ɛbɛdan sare so nti, mɛto awerɛhow dwom,*

Efisɛ wɔahyew ne nyinaa, na onipa biara ntwam wɔ hɔ,

Na wɔnte nyɛmmoa nne wɔ hɔ.

Ewim nnomaa ne mmoa aguan; wɔn nyinaa kɔ.+

11 Mɛma Yerusalem adan abo asum hɔ,+ baabi a sakraman bɛtena,+

Na mɛma Yuda nkurow adan amamfo a obiara nte mu.+

12 Hena na ɔyɛ onyansafo a ɔbɛte eyi ase?

Hena na Yehowa akasa akyerɛ no a ɔno nso de bɛto gua?

Adɛn nti na asaase no asɛe?

Adɛn nti na ahyew sɛ sare,

A enti obiara mfa so bio yi?”

13 Yehowa yii ano sɛ: “Efisɛ me mmara* a mede maa wɔn no,* wɔtow kyenee baabi; wɔanni so, na wɔantie m’asɛm. 14 Mmom wɔyɛɛ asoɔden dii wɔn ankasa koma akyi,+ na wokodii Baal abosom akyi sɛnea wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.+ 15 Ɛno nti, nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Hwɛ, mɛma ɔman yi adi awɔnwene, na mama wɔanom nsu a awuduru wom.+ 16 Mɛbɔ wɔn ahwete aman a wɔne wɔn agyanom nyinaa nnim so no so,+ na mɛma sekan adi wɔn akyi akosi sɛ mekunkum wɔn nyinaa.’+

17 Nea asafo Yehowa aka ni,

‘Munnwen nea ɛrekɔ so no ho.

Momfrɛfrɛ mmea a wotumi to awerɛhow nnwom* mmra,+

Na monsoma nkɔfrɛ mmea a wonim su yiye mmra,

18 Na wɔnyɛ ntɛm mmesu mmɔ bena mma yɛn,

Na nisu ntene mfa yɛn ani ase waawaa,

Na nsu nsɔn mfi yɛn anisuatɛtɛw so.+

19 Na wɔte benabɔ wɔ Sion sɛ:+

“Hwɛ sɛnea wɔayɛ yɛn pasaa!

Hwɛ sɛnea yɛn anim agu ase pɔtɔɔ!

Efisɛ yɛagyaw asaase no hɔ, na wɔadwiriw yɛn afi agu.”+

20 Mmea, muntie Yehowa asɛm.

Momma n’anom asɛm nkɔ mo asom.

Monkyerɛ mo mma mmea benabɔ yi,

Na obiara nkyerɛ ne yɔnko awerɛhow dwom* yi.+

21 Efisɛ owu aforo afa yɛn mfɛnsere mu aba;

Abɔ awura yɛn abankɛse mu

Sɛ ɛrebɛsesaw yɛn mma afi mmorɔn so akɔ,

Na afa yɛn mmerante afi mmɔnten so akɔ.’+

22 Ka sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni:

“Nnipa afunu begugu hɔ sɛ sumina* wɔ asaase ani,

Ɛbɛyɛ sɛ hwiit* a atwafo atwa agu hɔ foforo

A obiara nni hɔ a ɔbɛboaboa ano.”’”+

23 Nea Yehowa aka ni:

“Mma onyansafo mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho;+

Mma ɔhoɔdenfo mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho;

Na mma osikani mmfa n’ahonyade nnhoahoa ne ho.”+

24 “Mmom nea ɔhoahoa ne ho no, ɔmfa eyi nhoahoa ne ho:

Sɛ ɔwɔ me ho nhumu ne nimdeɛ,+

Sɛ mene Yehowa, Nea ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asaase so no,+

Efisɛ eyinom na m’ani gye ho,”+ Yehowa asɛm ni.

25 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na obiara a watwa twetia* nanso ontwaa twetia no, mebu no atɛn;+ 26 Egyptfo+ ne Yudafo+ ne Edomfo+ ne Ammonfo+ ne Moabfo+ ne obiara a ɔte sare so+ a watwitwa n’asontɔrem nwi no, mebu wɔn nyinaa atɛn, efisɛ amanaman no nyinaa ntwaa twetia, na Israel fi nyinaa nso ntwaa wɔn koma twetia.”+

10 O Israel fi, muntie asɛm a Yehowa aka atia mo. 2 Nea Yehowa aka ni:

“Munnsua amanaman no kwan,+

Na munnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnne

Esiane sɛ amanaman no suro nti.+

 3 Efisɛ amanaman no amanne yɛ adehunu.*

Ɛyɛ dua kɛkɛ a wɔatwa afi kwae mu,

Odwumfo nsa ano adwuma a ɔde ne dade* ayɛ.+

 4 Wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ yɛ no fɛfɛɛfɛ,+

Na wɔde nnadewa ne hamma* bobom sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremmunum ntɔ fam.+

 5 Wɔte sɛ kaakaamotobi a esi ɛfere afuw mu; wontumi nkasa.+

Wɔsoa wɔn, efisɛ wontumi nnantew.+

Munnsuro wɔn, efisɛ wɔrentumi nyɛ mo bɔne biara,

Na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso mma mo.”+

 6 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+

Woyɛ kɛse; wo din so, na ɛkorɔn.

 7 O amanaman Hene, hena na ɔrensuro wo,+ efisɛ wo na ɛfata wo;

Amanaman no anyansafo nyinaa mu ne wɔn ahenni nyinaa mu no,

Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+

 8 Wɔn nyinaa yɛ agyimifo ne nkwaseafo.+

Akwankyerɛ a efi dua hɔ yɛ adehunu.*+

 9 Wɔkra dwetɛ ntraantraa fi Tarsis,+ na wɔkra sika kɔkɔɔ fi Ufas;

Ɛyɛ odwumfo ne ɔtomfo nsa ano adwuma.

Ntama bruu ne ntama afasebiri na efurafura wɔn.

Ne nyinaa yɛ adwumfo nsa ano adwuma.

10 Nanso Yehowa de, ɔyɛ Onyankopɔn ampa.

Ɔno ne Onyankopɔn teasefo+ ne Ɔhene a ɔwɔ hɔ daa.+

N’abufuhyew nti, asaase bɛwosow,+

Na ɔman biara nni hɔ a ebetumi agyina n’abufuw ano.

11 * Nea monka nkyerɛ wɔn ni:

“Anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asaase no,

Wɔbɛyera afi asaase so ne ɔsoro a ɛwɔ hɔ yi ase.”+

12 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asaase,

Na ɔde ne nyansa maa asaase tim hɔ;+

Ɔno na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.+

13 Sɛ ɔma ne nne so a,

Nsu bobom wɔ soro,+

Na ɔma mununkum* fi asaase anoano foro kɔ soro.+

Ɔyɛ anyinam ka osu ho,*

Na ɔde mframa fi n’adekora adan mu ba.+

14 Nnipa nyinaa yɛ wɔn ade te sɛ nea wonni adwene ne nimdeɛ.

Ɔtomfo biara ani bewu wɔ ne honi ho,+

Efisɛ ne dade honi* no yɛ nnaadaa,

Na honhom* biara nni wɔn mu.+

15 Wɔyɛ adehunu,* biribi a nkurɔfo hwɛ serew.+

Sɛ wɔn akontaabu da ba a, wɔbɛsɛe.

16 Yakob Kyɛfa de, ɔnte sɛ eyinom,

Efisɛ Ɔno na ɔyɛɛ nneɛma nyinaa,

Na Israel yɛ n’agyapade poma.+

Asafo Yehowa ne ne din.+

17 O ɔbea a wɔaka wo ahyɛ wo kurom,

Boaboa wo nneɛma ano na sɔre fi fam.

18 Na nea Yehowa aka ni:

“Hwɛ, meretow* wɔn a wɔtete asaase no so afi so saa bere yi,+

Na mɛma wɔn ho ayeraw wɔn.”

19 Pira a mapira nti, mawu awie!+

Me kuru nni aduru.

Mekae sɛ: “Yare a abɛtena me so ni, enti maso mu.

20 Me ntamadan asɛe, na me ntamadan ho nhama* nyinaa atetew.+

Me mma mmarima agyaw me hɔ kɔ, na wonni hɔ bio.+

Obiara nni hɔ a ɔbɛtrɛw me ntamadan mu na wama me ntamadan ntama so.

21 Nguanhwɛfo no adan agyimifo;+

Wɔanhwehwɛ Yehowa.+

Ɛno nti na wɔadi nkwaseasɛm no.

Na wɔn mmoa nyinaa ahwete.”+

22 Muntie! Amanneɛbɔ bi reba!

Wɔte kim-kim-kim bi sɛ efi atifi fam asaase so reba;+

Ɛreba abɛsɛe Yuda nkurow pasaa ama adan baabi a sakraman bɛtena.+

23 O Yehowa, minim sɛ onipa kwan nni ne nsam.

Sɛnea onipa nam a obetutu ne nan mpo, enni ne nsam.+

24 O Yehowa, fa atɛntrenee teɛ me so,

Nanso nyɛ no wɔ w’abufuw mu,+ na woampopa me amfi hɔ.+

25 Hwie w’abufuw gu aman a wɔapo wo no so,+

Na hwie gu mmusua a wɔmmɔ wo din no so.

Efisɛ wɔamene Yakob,+

Yiw, wɔamene no ama n’ase ahyew,+

Na wɔama ne kurow adan amamfo.+

11 Asɛm a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn ni: 2 “Ɔmanfo, muntie apam yi mu nsɛm!

“Ka* nsɛm yi kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo 3 na ma wɔnte sɛ, ‘Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Nnome nka obiara a ontie apam yi mu nsɛm.+ 4 Saa nsɛm no na meka kyerɛɛ mo agyanom ɛda a miyii wɔn fii Egypt asaase so+ na miyii wɔn fii fononoo a wɔde nan dade mu no.+ Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Muntie me nne na monyɛ nea mahyɛ mo nyinaa, na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn,+ 5 na medi ntam a mekaa mo agyanom no so, ntam a mekae sɛ, mede asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no bɛma wɔn no;+ na saa ara na ɛte nnɛ da yi.’”’”

Na migyee so sɛ: “Amen,* O Yehowa.”

6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Bɔ nsɛm yi nyinaa dawuru wɔ Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmɔnten so sɛ: ‘Muntie apam yi mu nsɛm na munni so. 7 Mekasa kyerɛɛ mo agyanom denneennen, ɛda a miyii wɔn fii Egypt asaase so bae no, na ɛde besi nnɛ nso matu wɔn fo mpɛn pii* sɛ: “Muntie me nne.”+ 8 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso; mmom obiara yɛɛ asoɔden dii ne koma bɔne akyi.+ Ɛno nti, apam yi mu nsɛm a meka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni so a wɔanni so no, mede ne nyinaa baa wɔn so.’”

9 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: “Yuda mmarima ne Yerusalemfo abɔ me ho pɔw. 10 Wɔasan wɔn akyi akɔyɛ bɔne a wɔn agyanom a wɔtenaa ase tete no yɛe no bi, wɔn agyanom a wɔanni m’asɛm so no.+ Wɔn nso akodi anyame foforo akyi, na wɔasom wɔn.+ Israel fi ne Yuda fi abu m’apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so.+ 11 Enti nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, mede mmusu bi reba wɔn so+ a wɔrentumi nguan. Na sɛ wosu frɛ me a, merentie wɔn.+ 12 Na Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ anyame a wɔbɔ afɔre* ma wɔn no hɔ sɛ wɔmmoa wɔn,+ nanso wɔrentumi nnye wɔn da wɔ wɔn amanehunu bere no mu. 13 O Yuda, sɛnea wo nkurow dɔɔso no, saa ara na w’anyame adɔɔso, na sɛnea Yerusalem mmorɔn dɔɔso no, saa ara na moasisi afɔremuka bebree ama aniwude* no, afɔremuka a mobɔ afɔre* wɔ so ma Baal no.’+

14 “Na wo* de, mmɔ mpae mma ɔman yi. Nsu mfrɛ me mma wɔn, mmɔ mpae mma wɔn,+ efisɛ sɛ wosu frɛ me wɔ wɔn amanehunu bere no mu a, merentie.

15 Dɛn na me dɔfo repɛ wɔ me fi

Bere a nnipa pii adi bɔne yi?

Sɛ amanehunu ba wo so a, wobetumi de nam kronkron* ayi afi hɔ anaa?

Saa bere no, wubedi ahurusi anaa?

16 Bere bi, Yehowa frɛɛ wo ngodua frɔmfrɔm,

Ngodua fɛfɛɛfɛ a ɛsow aba pa.

Ɔde nnyigyei kɛse bi atwa gya ato ne mu,

Na wɔabubu ne nkorabata.

17 “Asafo Yehowa, Nea oduaa wo+ no aka sɛ, mmusu bi bɛba wo so esiane bɔne a Israel fi ne Yuda fi yɛe nti. Wɔn na wɔbɔɔ afɔre maa Baal de hyɛɛ me abufuw.”+

18 Yehowa kyerɛɛ me ma mihui;

Saa bere no, woma mihuu nea na wɔreyɛ.

19 Me de, na mete sɛ oguan ba a odwo a wɔrekokum no;

Ná minnim sɛ wɔrebɔ me ho pɔw sɛ:+

“Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba,

Na yentwa no mfi ateasefo asaase so,

Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkae ne din bio.”

20 Nanso asafo Yehowa bu atɛn wɔ trenee mu;

Ɔhwehwɛ onipa tirim adwene* ne ne koma mu.+

Ma minhu sɛnea wubetua wɔn ka,

Efisɛ wo na mede m’asɛm abɛdan wo.

21 Ɛno nti, eyi na Yehowa aka atia Anatot mmarima+ a wɔpɛ sɛ woyi wo nkwa* fi hɔ na wɔka sɛ: “Nhyɛ nkɔm Yehowa din mu,+ anyɛ saa a wubewu wɔ yɛn nsam” no; 22 enti nea asafo Yehowa aka ni: “Hwɛ, merebɛma wɔabu wɔn bɔne ho akontaa. Sekan na wɔde bekunkum mmerante no,+ na wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea nso, ɔkɔm na ebekunkum wɔn.+ 23 Nkaefo biara mpo renka mma wɔn, efisɛ mede mmusu bɛba Anatot mmarima so,+ afe a wobebu akontaa no.”

12 O Yehowa, sɛ meka m’asɛm kyerɛ wo a, wubu atɛn wɔ trenee mu.+

Sɛ mede me nsɛm dan wo a, wudi ma me.

Ɛnde adɛn nti na esi abɔnefo yiye?+

Na adɛn nti na nkontompofo ho adwo wɔn?

 2 Woadua wɔn ama wɔagye ntini.

Wɔanyin asow aba.

Wɔde wɔn ano bɔ wo din daa, nanso wɔn adwene* de, atwe afi wo ho koraa.+

 3 Nanso wo, Yehowa, wunim me yiye;+ wuhu me.

Woahwehwɛ me koma mu, na woahu sɛ edi mu wɔ w’anim.+

Yiyi wɔn gyina nkyɛn mmaako mmaako te sɛ nguan a wɔrekokum wɔn,

Na hyira wɔn so ma ɛda a wobekum wɔn no.*

 4 Asaase no bɛsɛe akosi da bɛn?

Na asaase biara so wura bɛhyew* akosi da bɛn?+

Wɔn a wɔte so no bɔne nti,

Mmoa ne nnomaa nyinaa ayera.

Na wɔka sɛ: “Ɔrenhu nea ɛbɛto yɛn.”

 5 Wɔn a wɔnam fam mpo na wo ne wɔn retu mmirika a woabrɛ yi,

Ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ne apɔnkɔ atu mmirika?+

Asomdwoe asaase so mpo na ɛyɛ wo sɛ wowɔ akokoduru yi,

Ɛnde wokɔfa Yordan kwaebirentuw mu a, dɛn na wobɛyɛ?

 6 W’ankasa wo nuanom, wo ara wo papa fifo mpo

Atwa wo nkontompo.+

Wɔteɛm denneennen gu wo so.

Sɛ wɔka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ wo mpo a,

Nnye wɔn nni.

 7 “Magyaw me fi hɔ;+ mapo m’agyapade.+

Mede nea medɔ no paa no* ahyɛ n’atamfo nsa.+

 8 M’agyapade abɛyɛ sɛ kwae mu gyata wɔ me so.

Wabobom agu me so.

Ɛno nti metan no.

 9 M’agyapade te sɛ ɔkɔre a ne ho kɔla dɔɔso;

Akɔre foforo kotwa ne ho hyia ne no ko.+

Wuram mmoa nyinaa, mommra, mummehyia;

Mommra mmedidi.+

10 Nguanhwɛfo bebree asɛe me bobefuw;*+

Wɔatiatia m’asaase so, me kyɛfa no.+

Wɔama m’asaase, me kyɛfa no, adan sare pradadaa.

11 Me kyɛfa no adan amamfo.

Atwintwam;*

Ada mpan wɔ m’anim.+

Wɔama asaase no nyinaa adan amamfo,

Nanso ɛmfa obiara ho.+

12 Asɛefo aba sare so akwan* no nyinaa so,

Efisɛ Yehowa sekan resɛe ade afi asaase no ano akosi ano noho.+

Asomdwoe biara nni hɔ mma obiara.*

13 Woduaa hwiit, nanso wɔatwa nsɔe.+

Wɔabrɛ wɔn ho ayɛ adwuma, nanso wɔannya so mfaso biara.

Wɔn ani bewu wɔn nnɔbae ho,

Yehowa abufuhyew nti.”

14 Nea Yehowa aka ni: “Nnipa abɔnefo a wɔte bɛn me a wɔde wɔn nsa aka agyapade a mede ama me man Israel sɛ wɔmfa no nyinaa,+ meretutu wɔn ase afi wɔn asaase so,+ na Yuda fi nso, metu wɔn ase afi wɔn mu. 15 Nanso sɛ mitu wɔn ase wie a, mɛsan ahu wɔn mmɔbɔ, na masan de obiara aba n’agyapade ne n’asaase so.”

16 “Na sɛ wosua me man akwan yiye, na wɔde me din ka ntam sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa te ase yi!’ sɛnea wɔkyerɛɛ me man ma wɔkaa Baal ntam no a, ɛnde wobenya tenabea wɔ me man mu. 17 Na sɛ wɔantie a, ɛnde me nso metutu saa ɔman no ase; metutu ase na masɛe no,” Yehowa na waka.+

13 Nea Yehowa ka kyerɛɛ me ni: “Kɔ na kɔtɔ nwera abɔso,* na fa bɔ w’asen, nanso mfa mmɔ nsu mu.” 2 Ɛnna mekɔtɔɔ abɔso* no sɛnea Yehowa kae no, na mede bɔɔ m’asen. 3 Na Yehowa ka kyerɛɛ me ne mprenu so sɛ: 4 “Fa abɔso* a wotɔe a ɛbɔ wo no, na sɔre kɔ Eufrate ho, na kɔpɛ tokuru bi wɔ ɔbotan mu fa sie mu.” 5 Enti mekɔe, na mede kosiee Eufrate ho sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ me no.

6 Na nna pii akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɔre kɔ Eufrate ho, na kɔfa abɔso* a meka kyerɛɛ wo sɛ fa kosie hɔ no bra.” 7 Ɛnna mekɔɔ Eufrate ho, na mikotuu abɔso* no fii baabi a mede kosiei no, na mihui sɛ abɔso* no asɛe a wode yɛ hwee a ɛnyɛ yiye.

8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Nea Yehowa aka ni, ‘Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no.+ 10 Ɔman bɔne yi a wɔmpɛ sɛ wotie m’asɛm,+ ɔman a wɔyɛ asoɔden di wɔn koma akyi,+ na wɔakodi anyame foforo akyi, na wɔsom wɔn, na wɔkotow wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ abɔso* a wode yɛ hwee a ɛnyɛ yiye yi.’ 11 ‘Sɛnea onipa bɔ abɔso* ma ɛfam ne sisi no, saa ara na mede Israel fi nyinaa ne Yuda fi nyinaa fam me ho,’ Yehowa asɛm ni, ‘sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ me man,+ ne me din*+ ne m’ayeyi ne m’ahoɔfɛ; nanso wɔantie.’+

12 “Na ka asɛm yi nso kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Ahina biara, nsã na wɔde hyɛ no ma.”’ Na wɔn nso bɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn de yennim sɛ nsã na wɔde hyɛ ahina biara ma anaa?’ 13 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, asaase yi sofo nyinaa ne ahemfo a wɔte Dawid agua so ne asɔfo ne adiyifo ne Yerusalemfo nyinaa, mɛma wɔabobow sram.+ 14 Na mede agyanom ne mma nyinaa ti bɛhwehwe mu,” Yehowa na waka.+ “Me yam renhyehye me, na ɛrenyɛ me awerɛhow, na merenhu mmɔbɔ; biribiara nni hɔ a ebesiw me kwan a ɛremma mensɛe wɔn.”’+

15 Muntie na monyɛ aso.

Monnyɛ ahantan, efisɛ Yehowa akasa.

16 Monhyɛ Yehowa mo Nyankopɔn anuonyam

Ansa na wama esum aba,

Ansa na moahintiw wɔ mmepɔw so bere a ade reyɛ asã.

Mobɛhwɛ hann kwan,

Nanso ɔde sunsuma na ɛbɛba;

Ɔbɛdan no esum kabii.+

17 Sɛ moantie a,

Mo ahantan no nti, mede me ho besie na masu.*

Mɛtew nisu bebree, na nisu bɛtene afa m’ani ase waawaa,+

Efisɛ wɔakyere Yehowa nguankuw+ kɔ.

18 Ka kyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa* sɛ,+ ‘Montena fam,

Efisɛ mo ahenkyɛw fɛfɛɛfɛ no befi mo ti atɔ fam.’

19 Wɔatoto anaafo nkurow no mu,* na obiara nni hɔ a obebue.

Wɔasoa Yudafo nyinaa kɔ. Wɔatu wɔn nyinaa ase kɔ.+

20 Ma w’ani so na hwɛ wɔn a wofi atifi fam reba no.+

Nguankuw a wɔde maa wo no, wo nguan fɛfɛɛfɛ no, ɛhe na wɔwɔ?+

21 Wo nnamfo paa a wo ne wɔn hyɛɛ ase no,+

Sɛ wotwa wɔn ho twe w’aso a, dɛn na wobɛka?

Anka awo mu yaw* remma wo so te sɛ ɔbea a ɔrewo anaa?+

22 Na sɛ wubisa wɔ wo komam sɛ, ‘Adɛn nti na eyi nyinaa aba me so?’+ a,

Hu sɛ, wo bɔne so; ɛno nti na wɔapa wo ho ntama+

Na wo nantin yɛ wo yaw paa no.

23 Kusni* betumi asesa ne honam anaa? Na ɔsebɔ nso betumi asesa ne ho nsensanee anaa?+

Ɛnde anka mo nso mubetumi ayɛ papa,

Mo a wɔde bɔne atete mo.

24 Enti mɛbɔ wɔn ahwete te sɛ ntɛtɛwa a sare so mframa huw kɔ.+

25 Wo kyɛfa ni, wo kyɛfa a masusuw ama wo,” Yehowa na waka,

“Efisɛ wo werɛ afi me,+ na nkontompo na wode wo ho ato so.+

26 Enti mɛpagyaw wo ntama akata w’anim,

Na nkurɔfo ahu w’animguase,+

27 W’awaresɛe,+ w’akɔnnɔ bɔne a ɛte sɛ ɔpɔnkɔ a ɔresu apɛ ɔbarima ama waforo no,

Ne wo tuutuusi tantan* no.

Nkoko so, ne wuram nyinaa,+

Mahu wo suban tantan no.

O Yerusalem, asɛm ato wo!

Wobɛtena ɔbra fĩ* yi mu akosi da bɛn?”+

14 Yehowa asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn ni. Ɛfa osu a antɔ no ho:+

 2 Yuda redi awerɛhow,+ na n’apon agugow.

Apon no ayɛ basaa, na atutu agu fam,

Na wɔte nteɛm fi Yerusalem.

 3 Wɔn mu atitiriw somaa wɔn nkoa* sɛ wɔnkɔ nsu mmra.

Wɔkɔɔ nsubon* mu, nanso wɔannya nsu.

Wɔde wɔn nhina san bae kwa.

Wɔn ani awu, wɔn nsa asi fam,

Na wɔakatakata wɔn ti.

 4 Efisɛ asaase no apaapae,

Osu a ɛntɔ asaase no so nti.+

Akuafo ani awu, na wɔakatakata wɔn ti.

 5 Ɔwansan a ɔwɔ wuram mpo agyaw ne mma a wawo wɔn foforo hɔ,

Efisɛ sare biara nni hɔ.

 6 Sare so mfurum gyinagyina nkoko a ɛso ayɛ kwabokwabo no so.

Wɔtwe mframa sɛ sakraman;

Nwura a wonnya nti, wɔn ani nhu ade yiye.+

 7 Yɛn ankasa bɔne di adanse tia yɛn,

Nanso, O Yehowa, wo din nti yɛ ho biribi.+

Efisɛ yɛn mmarato adɔɔso,+

Na wo na yɛayɛ wo bɔne.

 8 O Israel anidaso ne n’amanehunu bere mu Ogyefo,+

Adɛn nti na woayɛ sɛ ɔhɔho wɔ asaase yi so,

Na woayɛ sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ baabi anadwo?

 9 Adɛn nti na woayɛ sɛ ɔbarima a ne ho adwiriw no,

Na woayɛ sɛ ɔsabarima a ontumi nnye ne man yi?

Nso yɛn mu na wowɔ, O Yehowa,+

Na wo din da yɛn so.+

Ntow yɛn nkyene.

10 Nea Yehowa aka afa ɔman yi ho ni: “Wɔpɛ akyinkyinakyinkyin;+ wɔn nan ntumi nnyina faako.+ Ɛno nti Yehowa ani nnye wɔn ho bio.+ Afei de, ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, na wama wɔabu wɔn bɔne ho akontaa.”+

11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Mmɔ mpae nsrɛ adepa mma ɔman yi.+ 12 Sɛ wɔyɛ akɔnkyen* a, merentie wɔn sufrɛ;+ sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre a, m’ani rennye ho,+ na sekan ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu* na mede beyi wɔn afi hɔ.”+

13 Ɛnna mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa! Hwɛ, adiyifo no reka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Morenhu sekan, na ɔkɔm renka mo; na mɛma moanya asomdwoe paa wɔ ha.’”+

14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔm a ɛnyɛ nokware na adiyifo no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atoro anisoadehu ne abosonkɔm hunu ne wɔn ankasa komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ nkɔm kyerɛ mo.+ 15 Ɛno nti, adiyifo a mensomaa wɔn a wɔde me din hyɛ nkɔm ka sɛ sekan anaa ɔkɔm biara remma asaase yi so no, nea Yehowa aka afa wɔn ho ni: ‘Sekan ne ɔkɔm na ebekunkum saa adiyifo no.+ 16 Na nkurɔfo a adiyifo no hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtow wɔn agu Yerusalem mmɔnten so esiane ɔkɔm ne sekan no nti. Na obiara rensie wɔn,+ wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea nyinaa. Na mehwie mmusu a ɛfata wɔn agu wɔn so.’+

17 “Asɛm a ka kyerɛ wɔn ni,

‘Ma nisu ntene mfa m’ani ase waawaa awia ne anadwo, na mma ennnyae,+

Efisɛ me man babea, ɔbaabun no, ahwe ase birim ama wabubu pasaa,+

Na wapira pira bɔne.

18 Sɛ mekɔ afuw mu kɔhwɛ a,

Mihu wɔn a wɔde sekan akunkum wɔn!+

Meba kurow mu nso a,

Mihu nyarewa a ɔkɔm no akɔfa aba!+

Efisɛ adiyifo ne asɔfo nyinaa akokyinkyin asaase a wonnim so so.’”+

19 Enti woapo Yuda koraa? Anaa wukyi* Sion?+

Adɛn nti na woabɔ yɛn apira yɛn na yennya ayaresa yi?+

Yɛhwɛɛ asomdwoe kwan, nanso adepa biara amma;

Yɛhwɛɛ ayaresa kwan, nanso ade a ɛyɛ hu na aba!+

20 O Yehowa, yɛagye yɛn bɔne atom,

Mfomso a yɛn agyanom yɛe no nso, yɛagye atom,

Efisɛ yɛayɛ wo bɔne.+

21 Wo din nti, mpo yɛn;+

Mmu w’anuonyam ahengua no animtiaa.

Kae, na mmu apam a wo ne yɛn ayɛ no so.+

22 Amanaman no abosonhunu no bi betumi ama osu atɔ anaa?

Ɔsoro mpo, ɛno ankasa betumi ama osu atɔ anaa?

O Yehowa yɛn Nyankopɔn, ɛnyɛ wo nko ara na wubetumi ayɛ eyinom?+

Wo na yɛde yɛn ani ato wo so,

Efisɛ wo nko ara na woayɛ eyinom nyinaa.

15 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ Mose ne Samuel mpo begyina m’anim a,+ merenhu ɔman yi mmɔbɔ.* Pam wɔn fi m’anim. Ma wɔnkɔ. 2 Na sɛ wobisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkɔ?’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni:

“Nea ɔfata owuyare no, ɔnkɔ mma owuyare nkum no!

Nea ɔfata sekan no, ɔnkɔ mma sekan nkum no!+

Nea ɔfata ɔkɔm no, ɔnkɔ mma ɔkɔm nkum no!

Na nea ɔfata sɛ wɔkyere no kɔ no, wɔnkyere no nkɔ!”’+

3 “‘Mmusu anan* na mede bɛba wɔn so,’+ Yehowa asɛm ni, ‘sekan a ebekunkum wɔn, nkraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, ne ewim nnomaa ne asaase so mmoa a wobedi wɔn nam na wɔasɛe wɔn.+ 4 Na nea Yuda hene Manase, Hesekia ba no yɛe wɔ Yerusalem nti,+ mɛma wɔadan biribi a ɛyɛ hu ama asaase so ahenni nyinaa.+

 5 Hena na obehu wo mmɔbɔ, O Yerusalem?

Hena na ɔbɛkyekye wo werɛ?

Na hena na obegyina abisa sɛnea wo ho te?’

 6 ‘Woafi m’akyi,’ Yehowa asɛm ni.+

‘Wokɔ so ara dan w’akyi kyerɛ me.*+

Enti mɛteɛ me nsa wɔ wo so na masɛe wo.+

Mahu wo mmɔbɔ ara, afei de mabrɛ.

 7 Mehuw* wɔn so wɔ asaase no apon ano sɛnea wohuw awi* so no.

Mekunkum wɔn mma.+

Mɛsɛe me man,

Efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔsesa wɔn akwan.+

 8 Wɔn akunafo bɛdɔɔso wɔ m’anim asen mpoano anwea.

Mɛma ɔsɛefo aba wɔn so awia ketee, na ɔbɛba abaatan ne mmerante so.

Mede ahoyeraw ne ehu bɛba wɔn so mpofirim.

 9 Ɔbea a wawo mma baason no ayɛ bɛtɛɛ;

N’ahome* retew.

Ade nnya nsae, nanso n’awia akɔtɔ;

Ɛde animguase ne fɛre aba.’*

‘Na wɔn mu kakra a aka no,

Mede wɔn bɛma sekan wɔ wɔn atamfo anim,’ Yehowa na waka.”+

10 O me maame, adɛn koraa na wowoo me?+

Mayɛ onipa a asaase no nyinaa ne me reham na wɔne me retwe manso.

Obiara mmɛbɔɔ me hɔ bosea, na me nso minkogyee obiara hɔ bosea;

Nanso obiara redome me.

11 Yehowa kae sɛ: “Sɛnea ɛte biara, medi aboa wo;

Sɛnea ɛte biara, metwitwa agye wo wɔ ɔhaw bere mu,

Na megye wo afi atamfo nsam wɔ amanehunu bere mu.

12 Obi betumi abubu dade mu asinasin anaa?

Obetumi abubu dade a efi atifi fam, ne kɔbere mu asinasin anaa?

13 Mɛma nkurɔfo afom wo ho nneɛma ne w’agyapade;+

Mede bɛma wɔn kwa, wo bɔne nyinaa a woayɛ wɔ wo nsaase nyinaa so nti.

14 Mede bɛma w’atamfo

Ma wɔde akɔ asaase a wunnim so so.+

Efisɛ m’abufuw asɔ gya,

Na ɛredɛw gu mo so.”+

15 O Yehowa, wo ara wunim.

Kae me, na twa w’ani bɛhwɛ me.

Tua wɔn a wɔretan m’ani no ka ma me.+

Mma menyera* esiane sɛ wo bo mfuw ntɛm nti.

Hu sɛ wo nti na animguase yi aba me so.+

16 Minyaa wo nsɛm, na midii;+

Na w’asɛm ma midii ahurusi nyaa anigye wɔ me koma mu,

Efisɛ wo din da me so, O Yehowa, asafo Nyankopɔn.

17 Wɔn a wɔregye wɔn ani no, ɛnyɛ ade a metena wɔn mu di ahurusi.+

Wo nsa a ɛwɔ me so nti, me nko ara na mete,

Efisɛ wode abufuw ahyɛ me ma.*+

18 Adɛn nti na ɛyaw a midi no nkɔ da, na m’akuru nni aduru yi?

Wɔsa a ɛnsa.

Wobɛyɛ sɛ nsuten daadaafo

A edi huammɔ ama me anaa?

19 Enti nea Yehowa aka ni:

“Sɛ wosan ba a, ɛnde megye wo bio,

Na wubegyina m’anim.

Sɛ wuyiyi nneɛma a ɛsom bo fi nneɛma hunu mu a,

Wobɛyɛ te sɛ me ara m’ano.*

Wɔn na wɔbɛsan aba wo nkyɛn,

Na ɛnyɛ wo na wobɛsan akɔ wɔn nkyɛn.”

20 “Mɛma woadan kɔbere afasu a wɔabɔ ho ban ama ɔman yi.+

Ko de, wɔne wo bɛko,

Nanso wɔrentumi wo.*+

Efisɛ midi w’akyi, megye wo, na mayi wo,” Yehowa na waka.

21 “Megye wo afi abɔnefo nsam,

Na meyi wo afi atirimɔdenfo nsam.”

16 Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ: 2 “Nware,* na nnwo mma mmarima ne mma mmea wɔ ha. 3 Efisɛ mma mmarima ne mma mmea a wɔwo wɔn wɔ ha, ne wɔn maamenom a wɔwo wɔn, ne wɔn papanom a wɔma wɔwo wɔn wɔ asaase yi so no, nea Yehowa aka afa wɔn ho ni: 4 ‘Owuyare bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu,+ nanso obiara rensu wɔn, na obiara rensie wɔn. Wɔbɛyɛ sɛ sumina* wɔ asaase ani.+ Sekan ne ɔkɔm na ebekunkum wɔn,+ na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asaase so mmoa.’

 5 Na nea Yehowa aka ni,

‘Nkɔ ofi a awerɛhow apontow rekɔ so wom mu;

Nkosu, na nkyekye wɔn werɛ.’+

‘Efisɛ mayi m’asomdwoe afi ɔman yi so,’ Yehowa asɛm ni,

‘Na me dɔ a enni huammɔ ne me mmɔborɔhunu nso,+ mayi afi wɔn so.

 6 Nnipa atitiriw ne wɔn a wɔba fam nyinaa bewuwu asaase yi so.

Wɔrensie wɔn,

Obiara rensu wɔn,

Obiara remfa ade ntwitwa ne ho mma wɔn, na obiara nso renyi ne tiri ho kwabokwabo mma wɔn.*

 7 Obiara remma wɔn a wɔredi awerɛhow no aduan sɛ

Wɔde rekyekye wɔn werɛ wɔ wɔn nkurɔfo a wɔawuwu no ho;

Na obiara remma wɔn awerɛkyekye kuruwa sɛ

Wɔnnom wɔ wɔn papa anaa wɔn maame wu ho.

 8 Nkɔ apontow fi ne wɔn

Nkɔtena ase nnnidi nnnom.’

9 “Efisɛ nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Hwɛ, mɛma ahurusi ne ahosɛpɛw nne, ayeforokunu ne ayeforo nne agyae+ wɔ ha, wɔ mo ani so, wɔ mo bere so.’

10 “Sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi a, wobebisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa aka mmusu akɛse yi nyinaa agu yɛn so? Mfomso bɛn na yɛadi, na bɔne bɛn na yɛayɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn?’+ 11 Wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Efisɛ mo agyanom gyaw me hɔ,”+ Yehowa asɛm ni, “na wɔkɔɔ so dii anyame foforo akyi som wɔn, na wɔkotow wɔn.+ Nanso me de, wogyaw me hɔ, na wɔanni me mmara so.+ 12 Mo de, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom de koraa,+ na mo mu biara yɛ asoɔden di ne koma bɔne akyi, na ontie me.+ 13 Enti mɛtow mo afi asaase yi so akɔ asaase a mo ne mo agyanom nnim so so,+ na ɛhɔ na mobɛsom anyame foforo awia ne anadwo,+ efisɛ merenhu mo mmɔbɔ.”’

14 “‘Nanso nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔrenka bio sɛ: “Sɛ́ Yehowa a oyii Israelfo fii Egypt asaase so bae no te ase yi!”+ 15 Mmom wɔbɛka sɛ: “Sɛ́ Yehowa a oyii Israel fii atifi fam asaase so, ne nsaase a ɔbɔɔ wɔn hwetee so nyinaa so bae no te ase yi!” Na mɛsan de wɔn aba wɔn asaase so, asaase a mede maa wɔn agyanom no.’+

16 ‘Hwɛ, meresoma ama wɔakɔfa mpataayifo* pii aba,’ Yehowa asɛm ni,

‘Na wɔbɛhwehwɛ wɔn ayi wɔn.

Ɛno akyi no, mɛsoma ama wɔakɔfa abɔmmɔfo pii aba,

Wɔbɛhwehwɛ wɔn wɔ mmepɔw nyinaa so ne nkoko nyinaa so akyere wɔn,

Na wɔbɛhwehwɛ wɔn wɔ ntokuru a ɛwɔ abotan mu no mu akyere wɔn.

17 Efisɛ m’ani hu nea wɔyɛ nyinaa.*

Enhintaw me,

Na wɔn bɔne nso, ɛso nkatae wɔ m’anim.

18 Medi kan atua wɔn bɔne ne wɔn amumɔyɛ nyinaa so ka,+

Efisɛ wɔde wɔn ahoni tantan a nkwa biara nnim* no agu m’asaase ho fĩ.

Na wɔde wɔn akyiwade no ahyɛ m’agyapade ma.’”+

19 O Yehowa, m’ahoɔden ne m’abankɛse,

M’amanehunu bere mu guankɔbea,+

Wo nkyɛn na amanaman no befi asaase ano aba,

Na wɔbɛka sɛ: “Atoro nko ara na yɛn agyanom bɛtoe,

Adehunu ne nneɛma a mfaso biara nni so+ na wɔbɛtoe.”

20 Onipa bɛyɛ anyame afa,

Bere a wɔnyɛ anyame anaa?+

21 “Enti mɛma wɔahu;

Afei de, mɛma wɔahu me tumi ne m’ahoɔden,

Na wobehu sɛ me din ne Yehowa.”

17 “Wɔde dade kyerɛwdua akyerɛw Yuda bɔne no ato hɔ.

Wɔde dɛnkyɛmmo kyerɛwdua akyerɛw* agu wɔn koma pon so

Ne wɔn afɔremuka mmɛn ho.

 2 Wɔn mma mpo kae wɔn afɔremuka ne wɔn abosonnua*+

A ɛwɔ dua kusuu ase ne nkoko atenten so,+

 3 Ne mmepɔw a ɛwɔ wuram so no.

Mɛma nkurɔfo afom w’ahode ne w’agyapade nyinaa.+

Yiw, wo sorɔnsorɔmmea* nso wɔbɛfom, esiane bɔne a akɔ so wɔ wo nsaase nyinaa so nti.+

 4 W’agyapade a mede maa wo no, wo ara wobɛma afi wo nsa.+

Na mɛma woasom w’atamfo wɔ asaase a wunnim so so,+

Efisɛ moama me bo afuw te sɛ ogya a wɔasɔ.*+

Ɛbɛdɛw afebɔɔ.”

 5 Nea Yehowa aka ni:

“Nnome nka ɔbarima* a ɔde ne ho to onipa dasani so,+

Nea ɔde ne ho to nnipa ahoɔden so,*+

Na ne koma aman afi Yehowa ho.

 6 Ɔbɛyɛ sɛ dua koro a esi sare so.

Sɛ bere pa ba a, ɔrenhu,

Mmom ɔbɛtena sare so asaase wosee so,

Ne nkyene asaase a obiara ntumi ntena so so.

 7 Nhyira ne ɔbarima* a ɔde ne ho to Yehowa so,

Na ɔde ne werɛ hyɛ Yehowa mu.+

 8 Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua wɔ nsu nkyɛn,

A ne ntini tenetene kɔ nsu no ho.

Sɛ ɔhyew ba a, ɔrenhu,

Na n’ahaban bɛyɛ frɔmfrɔm daa.+

Afe a ɔpɛ besi nso, ɔrensuro,

Na ɔrennyae abasow da.

 9 Koma yɛ ɔdaadaafo* sen biribiara, na ne ho yɛ ahometew.*+

Hena na obetumi ahu nea ɛwɔ mu?

10 Me, Yehowa, me na mehwehwɛ koma mu,+

Na mepɛɛpɛɛ onipa tirim adwene* mu,

Sɛnea ɛbɛyɛ a metua obiara ka sɛnea n’akwan

Ne ne nnwuma te.+

11 Nea ɔfa ɔkwammɔne so nya ne ho no,*+

Ɔte sɛ akokɔhwerew a ɔboaboa nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee ano.

Ebefi ne nsa wɔ ne nkwa nna mfinimfini,

Na awiei no, obiara behu sɛ ɔyɛ ɔkwasea.”

12 Anuonyam ahengua a wɔama so fi mfiase;

Ɛno na ɛyɛ yɛn tenabea kronkron.+

13 O Yehowa, Israel anidaso,

Wɔn a wogyaw wo hɔ nyinaa ani bewu.

Wɔn a wɔwae fi wo ho* no, wɔbɛyɛ sɛ biribi a wɔakyerɛw wɔ mfuturu mu,+

Efisɛ Yehowa a ɔyɛ nkwa nsuti no, wɔagyaw no hɔ.+

14 O Yehowa, sa me yare, na me ho bɛtɔ me.

Gye me, na menya nkwa,+

Efisɛ wo na miyi wo ayɛ.

15 Hwɛ! Ebinom ka kyerɛ me sɛ:

“Ɛhe na Yehowa asɛm no wɔ?+

Ma ɛmmra ɛ!”

16 Nanso me de, mansan amfi w’akyi; mekɔɔ so dii w’akyi sɛ oguanhwɛfo,

Na manhwɛ amanehunu da nso kwan.

Nea m’ano aka nyinaa wunim no yiye;

Mekaa ne nyinaa wɔ w’anim!

17 Mma ehu nnka me.

Wone me guankɔbea wɔ amanehunu da mu.

18 Ma wɔn a wɔtan m’ani no ani nwu,+

Na me de, mma m’ani nnwu.

Ma ehu nka wɔn,

Na me de, mma ehu nnka me.

Ma amanehunu da no mmra wɔn so,+

Na yam wɔn na sɛe wɔn pasapasa.*

19 Nea Yehowa ka kyerɛɛ me ni: “Kɔ na kogyina ɔmanfo ponkɛse a Yuda ahemfo fa mu kɔ ba no mu, ne Yerusalem kurow apon nyinaa mu.+ 20 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Muntie Yehowa asɛm, mo a mofa apon yi mu nyinaa: Yuda ahemfo ne Yudafo nyinaa ne Yerusalemfo nyinaa. 21 Nea Yehowa aka ni: “Monhwɛ mo ho* yiye, na monnsoa nneɛma biara Homeda, na mommfa mmfa Yerusalem kurow apon mu mmma mu.+ 22 Mommfa nneɛma biara mmpue mmfi mo fi Homeda, na monnyɛ adwuma biara nso.+ Montew Homeda no ho sɛnea meka kyerɛɛ mo agyanom sɛ wɔnyɛ no.+ 23 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso. Wɔyɛɛ asoɔden;* wɔantie na wɔannye nteɛso.”’+

24 “‘“Sɛ mutie me wɔ biribiara mu,” Yehowa asɛm ni, “na sɛ moamfa nneɛma biara amfa kurow yi apon mu Homeda, na motew Homeda no ho, na moanyɛ adwuma biara saa da no a,+ 25 ɛnde ahemfo ne adehye a wɔte Dawid ahengua so+ nso bɛtenatena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so afa kurow yi apon mu, wɔne wɔn adehye, Yuda mmarima ne Yerusalemfo;+ na nnipa bɛtena kurow yi mu afebɔɔ. 26 Na nkurɔfo befi Yuda nkurow ne mmeae a ɛbemmɛn Yerusalem ne Benyamin asaase so+ ne mmepɔw ase+ ne mmepɔw so ne Negeb* aba. Wɔde ɔhyew afɔre+ ne afɔre ahorow+ ne aduan afɔre+ ne ɛhyɛ* ne aseda afɔre bɛba Yehowa fi.+

27 “‘“Na sɛ moantie me antew Homeda no ho, na mosoa nneɛma na mode bɛfa Yerusalem kurow apon mu Homeda a, ɛnde me nso mede ogya bɛto n’apon mu, na ɛbɛhyew Yerusalem aban a ɛyɛ den no,+ na ɛrennum.”’”+

18 Asɛm a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn ni: 2 “Sɔre na sian kɔ ɔnwemfo+ fi, na ɛhɔ na mɛma woate me nsɛm.”

3 Enti misian kɔɔ ɔnwemfo fi, na na ɔreyɛ adwuma wɔ ɔnwemfo afiri so. 4 Nanso kuku* a na ɔnwemfo no de dɔte reyɛ no sɛee wɔ ne nsam. Enti ɔnwemfo no san de dɔte no yɛɛ kuku* foforo sɛnea ɔpɛ.*

5 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 6 “‘O Israel fi, merentumi nyɛ mo sɛnea ɔnwemfo yi ayɛ yi anaa?’ Yehowa asɛm ni. ‘Hwɛ! sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mo nso mote wɔ me nsam, O Israel fi.+ 7 Bere biara a mɛka sɛ metutu ɔman anaa ahenni bi ase na madwiriw agu asɛe no no,+ 8 sɛ saa ɔman no gyae ne bɔne a mekasa tiae no a, me nso, mmusu a mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no, mɛsesa m’adwene.*+ 9 Na bere biara nso a mɛka sɛ mɛkyekye ɔman bi anaa mɛhyehyɛ ahenni bi no, 10 sɛ wɔyɛ bɔne wɔ m’ani so, na wɔantie m’asɛm a, adepa a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ ama wɔn no, mɛsesa m’adwene.’*

11 “Enti mepa wo kyɛw, ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mereboaboa mmusu bi ano* aba mo so, na mabɔ pɔw bi atia mo. Mesrɛ mo, montwe mo ho mfi mo akwammɔne ho, na monyɛ mo akwan ne mo nneyɛe yiye.”’”+

12 Nanso wɔkae sɛ: “Ɛho nhia!+ Efisɛ nea yɛn adwene yɛ yɛn na yɛbɛyɛ,* na obiara bɛyɛ asoɔden ayɛ nea ne koma pɛ.”+

13 Enti nea Yehowa aka ni:

“Mesrɛ mo, mo ara munkobisa wɔ amanaman no mu.

Hena na wate saa ade yi bi pɛn?

Israel ɔbaabun no abɔ mmusu.+

14 Sukyerɛmma betumi asã wɔ Lebanon mmepɔw so abotan so anaa?

Na nsu a ɛyɛ nwini a ɛretene fi akyirikyiri betumi ayow anaa?

15 Nanso me man werɛ afi me.+

Efisɛ wɔbɔ afɔre* ma ade a mfaso nni so,+

Na wɔma nnipa hintiw wɔ wɔn akwan mu, tete akwan no so,+

Na wɔma wɔfa mfikyikwan a ɛso yɛ mmonkyimmɔnka so,*

16 Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn asaase no bɛyɛ biribi a ɛyɛ hu,+

Biribi a nkurɔfo bedi ho fɛw* daa.+

Obi biara a obetwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ, na wawosow ne ti.+

17 Mɛyɛ sɛ apuei mframa, na mabɔ wɔn ahwete atamfo anim.

Wɔn amanehunu da no, mede m’akyi na ɛbɛkyerɛ wɔn, na ɛnyɛ m’anim.”+

18 Na wɔkae sɛ: “Mommra, momma yɛnkɔbɔ Yeremia ho pɔw,+ efisɛ mmara* renyera mfi yɛn asɔfo nkyɛn, na afotu remfi anyansafo nsam, na asɛm rempa adiyifo anom. Mommra, momma yɛnkasa ntia no,* na mommma yenntie nea ɔreka no.”

19 O Yehowa, yɛ aso ma me,

Na tie nea m’atamfo rekeka no.

20 Bɔne na yɛde tua papa ka anaa?

Nanso wɔatu amoa ama me nkwa.*+

Kae sɛnea migyinaa w’anim kaa asɛmpa faa wɔn ho

Sɛ dan w’abufuw fi wɔn so no.

21 Ɛno nti, fa wɔn mma hyɛ ɔkɔm nsa,

Na fa wɔn hyɛ sekan* nsa.+

Ma wɔn yerenom mma nwuwu, na wɔnyɛ akunafo nso.+

Ma owuyare nkunkum wɔn mmarima,

Na wɔmfa sekan nkunkum wɔn mmerante wɔ ɔko mu.+

22 Ma akorɔmfo-werɛmfo mmra wɔn so mpofirim

Na wɔnte osu wɔ wɔn afi mu.

Efisɛ wɔatu amoa de repɛ me ayi me,

Na wɔasunsum mfiri ama me nan.+

23 Nanso wo, O Yehowa,

Wunim pɔw a wɔabɔ wɔ me ho sɛ wobekum me no.+

Nkata wɔn bɔne so,

Na mpopa wɔn bɔne mfi w’anim.

Sɛ wotwe wɔn aso wɔ w’abufuw mu a,+

Ma wonhintiw wɔ w’anim.+

19 Nea Yehowa kae ni: “Kɔ na kɔtɔ ahina fi ɔnwemfo+ hɔ. Fa ɔman no mu mpanyimfo ne asɔfo no mu mpanyimfo no bi ka wo ho, 2 na pue kɔ Hinom Ba Bon+ a ɛwɔ Kyɛmfɛre* Pon ano no mu. Ɛhɔ na ka nsɛm a mɛka akyerɛ wo no. 3 Ka sɛ, ‘Muntie Yehowa asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni:

“‘“Mede mmusu reba ha, na obiara a ɔbɛte no, n’asom bɛyɛ no yɔnn. 4 Efisɛ wɔagyaw me hɔ,+ na wɔasesa ha yi koraa.+ Wɔbɔ afɔre wɔ ha ma anyame foforo, anyame a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nnim wɔn, na wɔde wɔn a wodi bem mogya ahyɛ ha ma.+ 5 Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea* sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyew wɔn mma wɔ ogya mu de wɔn abɔ ɔhyew afɔre ama Baal.+ Nanso menhyɛɛ wɔn saa, menkaa biribiara saa nkyerɛɛ wɔn, na ɛmmaa me komam mpo da.”’*+

6 “‘“Enti hwɛ! nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na wɔremfrɛ ha yi Tofet anaa Hinom Ba Bon bio, na mmom wɔbɛfrɛ no Okum Bon.+ 7 Na mɛma pɔw a Yuda ne Yerusalem abɔ ayɛ ɔkwa wɔ ha, na mɛma wɔatotɔ sekan ano wɔ wɔn atamfo anim ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no anim. Na mede wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asaase so mmoa.+ 8 Na mɛma kurow yi ayɛ biribi a ɛyɛ hu, biribi a nkurɔfo bedi ho fɛw.* Obi biara a obetwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ, na wadi ne ho fɛw,* mmusu a ɛbɛba no so no nyinaa nti.+ 9 Na mɛma wɔawe wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea nam, na obiara bɛwe ne yɔnko nam, efisɛ wɔbɛka wɔn ahyɛ kurow no mu, na wɔn atamfo ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no bɛhyɛ wɔn so ama wɔn ho ayeraw wɔn.”’+

10 “Afei bɔ ahina no wɔ mmarima a wo ne wɔn kɔe no anim, 11 na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Sɛɛ na mɛbɔ ɔman yi ne kurow yi. Mɛbɔ wɔn te sɛ nea obi bɔ ɔnwemfo ahina a wontumi nyɛ no yiye bio no; na wobesie wɔn a wɔawuwu no wɔ Tofet akosi sɛ ɛhɔ bɛyɛ ma a wɔrennya baabi nsie obiara bio.”’+

12 “‘Saa na mɛyɛ ha yi,’ Yehowa asɛm ni, ‘ne wɔn a wɔtete ha no, sɛnea ɛbɛyɛ a kurow yi bɛyɛ sɛ Tofet. 13 Na Yerusalem afi ne Yuda ahemfo afi ho begu fĩ te sɛ ɛha yi, Tofet,+ yiw, ɔdan biara a wɔbɔɔ afɔre wɔ atifi maa ɔsoro asafo nyinaa+ na wohwiee afɔrebɔ nsã wɔ hɔ maa anyame foforo no.’”+

14 Bere a Yeremia fii Tofet, baabi a Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔm no bae no, okogyinaa Yehowa fi adiwo, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: 15 “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Hwɛ, mede mmusu a maka atia kurow yi nyinaa reba kurow yi ne ɛho nkurow nyinaa so, efisɛ wɔyɛɛ asoɔden* na wɔantie m’asɛm.’”+

20 Bere a Yeremia rehyɛ nkɔm yi nyinaa no, na Imer ba Pasur, ɔsɔfo a ɔyɛ Yehowa fi so otitiriw no retie. 2 Ɛnna Pasur bɔɔ odiyifo Yeremia, na ɔde no bɔɔ dua mu+ wɔ Benyamin Pon a Ɛwɔ Soro wɔ Yehowa fi no mu. 3 Na bere a ade kyee a Pasur yii Yeremia fii dua no mu no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ:

“Yehowa remfrɛ wo Pasur bio, na mmom wato wo din Ehu Wɔ Baabiara.+ 4 Efisɛ nea Yehowa aka ni, ‘Mɛma wo ne wo nnamfo nyinaa abɔ hu esiane nea ɛbɛto wo no nti, na wobewuwu wɔ wɔn atamfo sekan ano ama wode w’ani ahu;+ na mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babilon hene nsa, na obetu wɔn ase akɔ Babilon, na ɔde sekan akunkum wɔn.+ 5 Na mede kurow yi mu ahonyade nyinaa, ne emu nneɛma a wɔabrɛ anya nyinaa, ne emu nneɛma a ɛsom bo nyinaa, ne Yuda ahemfo agyapade nyinaa bɛma wɔn atamfo.+ Wobegye afi wɔn nsam na wɔafom de akɔ Babilon.+ 6 Na wo Pasur, wɔbɛkyere wo ne wo fifo nyinaa akɔ. Wobɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na wubewu, na ɛhɔ na wobesie wo ne wo nnamfo nyinaa, efisɛ woahyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokware akyerɛ wɔn.’”+

 7 O Yehowa, woadaadaa me, na mama woadaadaa me.

Wode w’ahoɔden abu afa me so, na woadi nkonim.+

Daa nkurɔfo serew me;

Obiara di me ho fɛw.+

 8 Sɛ mekasa biara a, mede to gua, na meteɛm ka sɛ,

“Awudisɛm ne ɔsɛe!”

Yehowa asɛm nti, daa nkurɔfo yeyaw me na wɔserew me.+

 9 Ɛno nti mekae sɛ: “Meremmɔ ne din bio,

Na merenkasa wɔ ne din mu bio.”+

Nanso n’asɛm yɛɛ sɛ ogya wɔ me koma mu. Ɛyɛe sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu wɔ me nnompe mu;

Ɛhyehyee me boroo so,

Na mantumi anka m’ano antom.+

10 Metee nseku pii;

Ehu twaa me ho hyiae.+

Wɔkae sɛ: “Muntwa no adapaa; momma yentwa no adapaa!”

Wɔn a ɛyɛ me sɛ wɔne me te asomdwoe mu mpo pɛ sɛ asɛm to me.+

Wɔkae sɛ: “Ebia obedi nkwaseasɛm,

Na yebenya no ayɛ no bi atua ka.”

11 Nanso Yehowa gyinaa m’akyi sɛ ɔsabarima a ne ho yɛ hu.+

Ɛno nti wɔn a wɔtan m’ani no behintiw, na wɔrennyina.+

Wɔn ani bewu pɔtɔɔ, efisɛ ɛrensi wɔn yiye.

Wɔn aniwu no rentwam da, na obiara werɛ remfi.+

12 Na wo, asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔtreneeni mu;

Wo na wuhu onipa tirim adwene* ne ne koma mu.+

Ma minhu sɛnea wubetua wɔn ka,+

Efisɛ wo na mede m’asɛm abɛdan wo.+

13 Monto dwom mma Yehowa! Munyi Yehowa ayɛ!

Na wagye mmɔborɔwa* afi abɔnefo nsam.

14 Nnome nka da a wɔwoo me!

Mma ɛda a me maame woo me no nnnya nhyira!+

15 Nnome nka ɔbarima a ɔbɛkaa asɛmpa kyerɛɛ me papa sɛ:

“Wɔawo ɔbabarima ama wo!”

A ɛno nti odii ahurusi no.

16 Ma saa ɔbarima no nyɛ sɛ nkurow a Yehowa sɛee no a anyɛ No yaw no.

Ma ɔnte nkekawmu anɔpa, na awia ketee nso, ɔnte dede a ɛyɛ hu.

17 Adɛn nti na wankum me prɛko wɔ yafunu mu,

Na me maame yam anyɛ m’amusiei,

Na ne nyinsɛn anka ne yam?+

18 Adɛn nti koraa na mifi ɔyafunu mu bae

Sɛ merebehu amane na madi awerɛhow,

Na me nna aba awiei animguase mu?+

21 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bere a Ɔhene Sedekia+ somaa Malkiya ba Pasur+ ne Maaseia ba, ɔsɔfo Sefania+ baa Yeremia nkyɛn no. Wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Babilon hene Nebukadnesar* ne yɛn rebɛko, enti yɛpa wo kyɛw, bisa Yehowa ma yenhu nea ɛbɛto yɛn.+ Ebia Yehowa bɛyɛ n’anwonwadwuma no bi de aboa yɛn ama wafi yɛn so akɔ.”+

3 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Sedekia sɛ, 4 ‘Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Hwɛ, meredan akode a ɛwɔ mo ara mo nsam no aba mo so, akode a mode reko atia Babilon hene+ ne Kaldeafo a wɔwɔ ɔfasu no akyi a wɔaka mo ahyɛ kurow no mu no. Na mɛboaboa akode no* ano aba kurow yi mfinimfini. 5 Na me ara mede nsa a emu ateɛ, ne basa a ɛyɛ den, ne abufuw, ne abufuhyew, ne anibere kɛse bɛko atia mo.+ 6 Mekunkum kurow yi mufo, nnipa ne mmoa nyinaa. Mede nsanyare a edi awu* paa na ebekunkum wɔn.”’+

7 “‘“Ɛno akyi no,” Yehowa asɛm ni, “Yuda hene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔmanfo no, ne kurow yi mu nnipa a nsanyare a edi awu ne sekan ne ɔkɔm no ankunkum wɔn no, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa,+ ne wɔn atamfo, ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no nsa. Ɔde sekan bekunkum wɔn. Wɔn asɛm renyɛ no awerɛhow, ne yam renhyehye no mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ nso.”’+

8 “Na nkurɔfo yi de, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mede nkwa kwan ne owu kwan resi mo anim. 9 Wɔn a wɔbɛtena kurow yi mu no, sekan ne ɔkɔm ne owuyare na ebekunkum wɔn. Na obiara a obepue de ne ho akɔma Kaldeafo a wɔaka mo ahyɛ mo kurow no mu no renwu, na obenya ne nkwa* sɛ asade.”’*+

10 “‘“Mede m’ani asi kurow yi so; ɛnyɛ adepa na mede bɛba so, na mmom mmusu,”+ Yehowa asɛm ni. “Wɔde bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde ogya ahyew.”+

11 “‘Yuda hene fifo nso, muntie Yehowa asɛm. 12 O Dawid fi, nea Yehowa aka ni:

“Anɔpa biara mummu atɛntrenee,

Na nea wɔresisi no no, munnye no mfi osisifo nsam,+

Anyɛ saa a, nneɛma bɔne a moyɛ nti,+

M’abufuw bɛdɛw sɛ ogya,+

Na ɛbɛhyew a obiara rentumi nnum no.”’

13 ‘Hwɛ, me ne wo anya, wo a wote obon mu,*

Wo asaasetraa so botan,’ Yehowa asɛm ni.

‘Na mo a moka sɛ: “Hena na obesian aba yɛn so?

Na hena na ɔbɛba yɛn atenae abɛtow ahyɛ yɛn so?” no de,

14 Mebu mo atɛn

Sɛnea mo nnwuma te,’+ Yehowa asɛm ni.

‘Na mede ogya bɛto ne kwae mu,

Na ɛbɛhyew nneɛma a atwa ne ho ahyia nyinaa.’”+

22 Nea Yehowa aka ni: “Sian kɔ Yuda hene fi,* na kɔka asɛm yi. 2 Ka sɛ, ‘O Yuda hene a wote Dawid ahengua so, tie Yehowa asɛm, wo ne wo nkoa ne wo manfo a wɔfa apon yi mu no. 3 Nea Yehowa aka ni: “Mummu atɛntrenee, na monyɛ adetrenee. Munnye nea wɔresisi no mfi osisifo nsam. Monnteetee ɔhɔho biara, na monnyɛ agyanka anaa okunafo biara bɔne.+ Na munnhwie mogya a edi bem biara nngu wɔ ha.+ 4 Sɛ mohwɛ di asɛm yi so a, ɛnde ahemfo a wɔbɛtena Dawid ahengua so,+ ne wɔn nkoa, ne wɔn manfo bɛtenatena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, na wɔbɛfa ofi yi apon mu.”’+

5 “‘Na sɛ moantie asɛm yi a,’ Yehowa asɛm ni, ‘meka me ho ntam sɛ ofi yi bɛsɛe pasaa.’+

6 “Nea Yehowa aka afa Yuda hene fi ho ni:

‘Wote sɛ Gilead ma me,

Na wote sɛ Lebanon mmepɔw atifi.

Nanso mɛma woadan sare so;

Wo nkurow no baako mpo nni hɔ a obi bɛtena mu.+

 7 Na meyiyi asɛefo* ama wɔaba wo so;

Obiara de n’akode bɛba.+

Na wo sida nnua papa paa no, wobetwitwa agu,

Na wɔatow agu ogya mu.+

8 “‘Na aman pii betwam wɔ kurow yi ho, na obiara bebisa ne yɔnko sɛ: “Adɛn nti na Yehowa ayɛ kurow kɛse yi sɛɛ?”+ 9 Na wɔbɛka sɛ: “Efisɛ wogyaw Yehowa, wɔn Nyankopɔn apam no too baabi, na wɔkɔkotow anyame foforo, na wɔsom wɔn.”’+

10 Munnsu nea wawu no,

Na mommma ɔnnyɛ mo mmɔbɔ.

Nea ɔrekɔ no mmom na munsu no paa,

Efisɛ ɔrensan mma bio mmehu asaase a wɔwoo no wɔ so no.

11 “Nea Yehowa aka afa Yosia ba Salum,*+ Yuda hene a odii ne papa Yosia+ ade a wafi ha kɔ no ho ni: ‘Ɔrensan mma ha bio. 12 Efisɛ baabi a wɔasoa no kɔ no, ɛhɔ na obewu, na ɔrenhu asaase yi bio.’+

13 Nea osi ne fi, nanso ɛnyɛ trenee so,

Na osi n’abansoro nanso ɛnyɛ atɛntrenee so,

Na ɔma ne yɔnko nipa yɛ adwuma kwa

A ɔmfa n’akatua mma no no, nnome nka no.+

14 Ɔno na ɔka sɛ, ‘Mesi ofi a emu so

A ɛwɔ abansoro adan akɛse.

Mesisi mfɛnsere wɔ mu,

Na mede sida nnua bɛsɛm mu, na mede adukɔkɔɔ aka mu.’

15 Wode sida nnua pii yɛ adwuma sen obiara, enti ɛyɛ wo sɛ wobɛkɔ so adi hene anaa?

Wo papa nso didii, na ɔnomee,

Nanso ɔno de, obuu atɛntrenee, na ɔyɛɛ adetrenee.+

Na esii no yiye.

16 Odii mmɔborɔwa ne ohiani asɛm maa wɔn.

Ɛno nti biribiara kɔɔ yiye.

‘Ɛnyɛ ɛno na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?’ Yehowa asɛm ni.

17 ‘Na wo de, ade a w’ani ne wo koma di akyi ara ne sɛ wubenya mfaso bɔne,

Na woahwie nnipa a wɔn ho nni asɛm mogya agu,

Na woasisi nkurɔfo abɔ wɔn apoo.’

18 “Enti nea Yehowa aka afa Yosia ba Yehoiakim+ a ɔyɛ Yuda hene ho ni,

‘Wɔrensu no nka sɛ:

“O me nuabarima! O me nuabea!”

Wɔrensu no nka sɛ:

“O yɛn wura! O otumfo!”

19 Wobesie no sɛnea wosie afurum,+

Wɔbɛtwe no ase, na wɔatow no akyene,

Wɔbɛtow no akyene Yerusalem kurow apon akyi.’+

20 Foro kɔ Lebanon na kosu.

Ma wo nne so wɔ Basan,

Na teɛm fi Abarim,+

Efisɛ wɔabubu w’adɔfo a wɔnte wo ho gyae no nyinaa pasapasa.+

21 Bere a na wowɔ asomdwoe no, mekasa kyerɛɛ wo.

Nanso wokae sɛ, ‘Merentie.’+

Saa ara na woayɛ fi wo mmabunbere mu,

Na wuntie me nne.+

22 Mframa na ɛbɛyɛn wo nguanhwɛfo nyinaa,+

Na w’adɔfo a wɔnte wo ho gyae no, wɔbɛkyere wɔn akɔ.

Ɛhɔ na w’ani bewu ama animguase aka wo, w’amanehunu no nyinaa nti.

23 O wo a wote Lebanon,+

A woayɛ wo berebuw wɔ sida nnua mu.+

Sɛ awo mu yaw* ba wo so a, wobɛpenepene paa!

Na sɛ ɛyaw* ba wo so te sɛ ɔbea a ɔrewo a, wubehu amane sɛ!”+

24 “‘Bere a mete ase yi,’ Yehowa asɛm ni, ‘sɛ Yehoiakim+ ba, Yuda hene Konia,*+ yɛ ahyɛnsode kawa a ɛhyɛ me nsa nifa mpo a, anka mɛworɔw wo afi me nsa! 25 Na mede wo bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wo* no nsa, ne wɔn a wusuro wɔn no, ne Babilon hene Nebukadnesar,* ne Kaldeafo no nsa.+ 26 Mɛtow wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔ asaase foforo so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo wo, na ɛhɔ na mubewu. 27 Na asaase a wɔn ani agyina sɛ wɔbɛsan akɔ so no,* wɔrensan mma so bio da.+

28 Saa ɔbarima Konia yi, ɔyɛ kuku a obiara mfa nyɛ hwee a abubu pasaa anaa?

Ɔyɛ kuku a obiara mpɛ anaa?

Adɛn nti na wɔatow ɔne n’asefo agu fam,

Na wɔatow wɔn agu asaase a wonnim so so yi?’+

29 O asaase, asaase, asaase, tie Yehowa asɛm.

30 Nea Yehowa aka ni:

‘Monkyerɛw ɔbarima yi ho asɛm sɛ onni ba,

Monkyerɛw ne ho asɛm sɛ ɔbarima a ɛrensi no yiye wɔ ne nkwa nna nyinaa mu,

Efisɛ n’aseni biara nni hɔ a ebesi no yiye

Ama watena Dawid ahengua so adi ade wɔ Yuda bio.’”+

23 “Nguanhwɛfo a wɔsɛe nguan a wodidi wɔ m’adidibea, na wɔbɔ wɔn hwete no nnue!” Yehowa asɛm ni.+

2 Enti nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka atia ahwɛfo a wɔhwɛ me man no ni: “Moabɔ me nguan ahwete; moabɔ wɔn apansam, na moantew mo ani anhwɛ wɔn.”+

“Enti mo nneyɛe bɔne nti, mɛdan m’ani aba mo so,” Yehowa asɛm ni.

3 “Na mɛboaboa me nguan a aka no ano afi nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so+ no nyinaa so, na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔadɔɔso.+ 4 Na mede ahwɛfo a wɔbɛhwɛ wɔn yiye besisi wɔn so.+ Wɔrensuro bio, na ehu biara nso renka wɔn, na wɔn mu biara renyera,” Yehowa asɛm ni.

5 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛma trenee dua bi afefɛw* ama Dawid.+ Na ɔhene bi bedi hene+ na ɔde nhumu bɛyɛ ade; obebu atɛntrenee na wayɛ adetrenee wɔ asaase no so.+ 6 Ne nna mu no,* wobegye Yuda,+ na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo.+ Na edin a wɔde bɛfrɛ no ne: Yehowa Ne Yɛn Trenee.”+

7 “Nanso nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na wɔrenka bio sɛ: ‘Sɛ́ Yehowa a oyii Israelfo fii Egypt asaase so bae no te ase yi!’+ 8 na mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a ɔde Israel fi asefo kɔɔ atifi fam asaase so ne nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so nyinaa so na ɔsan de wɔn bae no te ase yi,’ na wɔbɛtena wɔn ankasa asaase so.”+

9 Nea mewɔ ka kyerɛ adiyifo no ni:

Me koma abubu wɔ me mu.

Me nnompe nyinaa rewosow.

Mayɛ sɛ obi a wabow

Ne ɔbarima a nsã aba n’ani so,

Esiane Yehowa ne ne nsɛm kronkron nti.

10 Awaresɛefo ahyɛ asaase no so ma.+

Nnome no nti, asaase no redi awerɛhow,+

Na sare so adidibea ahyew.*+

Wɔn akwan yɛ bɔne, na wɔde wɔn tumi sisi nkurɔfo.

11 “Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa ho agu fĩ.*+

Mahu wɔn amumɔyɛ no bi wɔ me fi mpo,”+ Yehowa asɛm ni.

12 “Ɛno nti wɔn kwan so bɛyɛ toro na esum aba so;+

Wobepiapia wɔn ama wɔahwehwe ase.

Efisɛ mede mmusu bɛba wɔn so

Afe a wobebu akontaa no,” Yehowa na waka.

13 “Mahu ade tantaantan bi wɔ Samaria adiyifo mu.+

Baal na ɔkanyan wɔn ma wɔhyɛ nkɔm,

Na wɔma me man Israel fom kwan.

14 Na mahu biribi a ɛyɛ asefem wɔ Yerusalem adiyifo mu.

Wɔsɛe aware,+ na wɔnantew nkontompo mu;+

Wɔhyɛ abɔnefo nkuran,*

Na wɔntwe wɔn ho mfi wɔn amumɔyɛ ho.

Wɔn nyinaa te sɛ Sodom wɔ m’ani so,+

Na emufo te sɛ Gomora.”+

15 Enti nea asafo Yehowa aka atia adiyifo no ni:

“Mɛma wɔadi awɔnwene,

Na mama wɔanom nsu a awuduru wom.+

Efisɛ ɔwae fi Yerusalem adiyifo mu atrɛw kɔ asaase no nyinaa so.”

16 Nea asafo Yehowa aka ni:

“Munntie adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+

Wɔredaadaa mo.*

Anisoadehu a wɔka ho asɛm no fi wɔn ankasa koma mu;+

Emfi Yehowa anom.+

17 Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wommu me no sɛ,

‘Yehowa aka sɛ: “Mubenya asomdwoe.”’+

Na obiara a ɔyɛ asoɔden di ne koma akyi no, wɔka kyerɛ no sɛ,

‘Mmusu biara remma wo so.’+

18 Na hena na watena Yehowa nnamfo paa nkyɛn

Ahu n’asɛm na wate n’asɛm?

Hena na wawɛn n’aso sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛte n’asɛm?

19 Hwɛ! Yehowa ahum de abufuw betu;

Ɛbɛyɛ sɛ mframa dennen a edi kyinhyia, na ebetwa ne ho wɔ abɔnefo apampam.+

20 Yehowa abufuw rensan,

Gye sɛ wayɛ nea wasusuw wɔ ne komam no awie.

Awiei nna no mu na mobɛte eyi ase yiye.

21 Mansoma adiyifo no, nanso wotuu mmirika.

Manka hwee ankyerɛ wɔn, nanso wɔhyɛɛ nkɔm.+

22 Sɛ wɔtenaa me nnamfo paa nkyɛn a,

Anka wɔbɛma me man ate me nsɛm,

Na anka wɔbɛma wɔasan afi wɔn kwammɔne ne wɔn nneyɛe bɔne no ho.”+

23 “Menyɛ Onyankopɔn a ɔbɛn anaa?” Yehowa asɛm ni, “na menyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri nso?”

24 “Obi betumi de ne ho asie hintabea bi a merenhu no anaa?”+ Yehowa asɛm ni.

“Biribi betumi ahintaw wɔ ɔsoro anaa asaase so a merenhu anaa?”*+ Yehowa asɛm ni.

25 “Mate nea adiyifo a wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokware wɔ me din mu rekeka no sɛ, ‘Maso dae! Maso dae!’+ 26 Adwene a adiyifo no wɔ sɛ wɔbɛhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokware no, ɛbɛkɔ so wɔ wɔn komam akosi da bɛn? Wɔyɛ adiyifo a wɔka wɔn komam nnaadaasɛm.+ 27 Wɔpɛ sɛ wɔde adae a wɔkeka kyerɛ wɔn ho no ma me man werɛ fi me din, sɛnea Baal nti wɔn agyanom werɛ fii me din no.+ 28 Odiyifo a waso dae no, ma ɔnka dae no, na nea m’asɛm wɔ ne nkyɛn no, ma ɔnka m’asɛm no nokwarem.”

“Wohwɛ a ntɛtɛwa yɔnko ne hwiit* anaa?” Yehowa asɛm ni.

29 “M’asɛm nte sɛ ogya anaa,”+ Yehowa asɛm ni, “ɛnte sɛ hamma* a ebubu ɔbotan pasaa anaa?”+

30 “Enti hwɛ, me ne adiyifo no anya,” Yehowa asɛm ni, “adiyifo a wowia me nsɛm fi wɔn yɔnko hɔ no.”+

31 “Hwɛ, me ne adiyifo no anya,” Yehowa asɛm ni, “adiyifo a wɔde wɔn tɛkrɛma keka sɛ, ‘N’anom asɛm ni!’ no.”+

32 “Hwɛ, me ne adiyifo a wɔsoso atoro adae no anya,” Yehowa asɛm ni, “adiyifo a wɔkeka adae, na wɔn atosɛm ne wɔn ahohoahoa nti, wɔma me man fom kwan no.”+

“Nanso mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn. Ɛno nti wɔremfa mfaso biara mmrɛ ɔman yi,”+ Yehowa asɛm ni.

33 “Na sɛ ɔman yi anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bi bisa wo sɛ, ‘Ɛdɛn ne Yehowa adesoa?’* a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Mo saa nkurɔfo yi, mo na moyɛ adesoa no! Na mɛtow mo akyene,”+ Yehowa na waka.’ 34 Na odiyifo anaa ɔsɔfo anaa ɔman yi muni a ɔka sɛ, ‘Eyi ne Yehowa adesoa!’* no, mede m’ani besi saa onipa no ne ne fifo so. 35 Nea mo mu biara bisa ne yɔnko ne ne nua ne sɛ, ‘Mmuae bɛn na Yehowa de ama? Na dɛn na Yehowa aka?’ 36 Na Yehowa adesoa* no de, ɛnsɛ sɛ moka ho asɛm bio, efisɛ adesoa* no ne mo ara mo anom asɛm, na Onyankopɔn teasefo no, asafo Yehowa, yɛn Nyankopɔn nsɛm no, moasesa no.

37 “Eyi na ka kyerɛ odiyifo no, ‘Mmuae bɛn na Yehowa de ama wo? Na dɛn na Yehowa aka? 38 Na sɛ mokɔ so ka sɛ “Yehowa adesoa!”* a, ɛnde nea Yehowa aka ni: “Esiane sɛ moka sɛ, ‘Asɛm yi ne Yehowa adesoa,’* bere a meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Monnka sɛ: “Yehowa adesoa!”* nti,’ 39 hwɛ! Merebɛma mo so na matow mo afi m’anim akyene, mo ne kurow a mede maa mo ne mo agyanom no. 40 Na mɛma w’ani awu daa na animguase aka wo afebɔɔ, na obiara werɛ remfi da.”’”+

24 Ɛnna Yehowa de nkɛntɛn abien a borɔdɔma wom a ɛwɔ Yehowa asɔrefi no anim kyerɛɛ me. Saa bere no, na Babilon hene Nebukadnesar* asoa Yehoiakim ba+ Yekonia,*+ Yuda hene no ne Yuda mpanyimfo ne adwumfo ne atomfo* nyinaa kɔ. Ɔde wɔn fii Yerusalem kɔɔ Babilon.+ 2 Ná kɛntɛn baako mu borɔdɔma no ye paa te sɛ borɔdɔma aba a edi kan. Kɛntɛn baako no mu borɔdɔma no de, na enye koraa; enye koraa ma enti wudi a ɛnyɛ yiye.

3 Na Yehowa bisaa me sɛ: “Yeremia, dɛn na wuhu?” Ɛnna mekae sɛ: “Borɔdɔma; borɔdɔma a eye no ye paa, na nea enye no de, enye koraa; enye koraa ma enti wudi a ɛnyɛ yiye.”+

4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 5 “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Sɛnea borɔdɔma a eye yi te no, saa ara na Yudafo a mituu wɔn fii ha kɔɔ Kaldeafo asaase so no, mebu wɔn sɛ woye. 6 Mede m’ani bedi wɔn akyi ama asi wɔn yiye, na mɛma wɔasan aba asaase yi so.+ Mede wɔn besisi hɔ, na merennwiriw wɔn ngu; medua wɔn, na merentutu wɔn ase.+ 7 Na mɛma wɔanya koma a wɔde behu sɛ mene Yehowa.+ Wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.+

8 “‘Na borɔdɔma a enye koraa ma enti wudi a ɛnyɛ yiye no,+ nea Yehowa aka afa ho ni: “Saa ara na Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanyimfo ne Yerusalemfo a wɔaka asaase yi so ne wɔn a wɔtete Egypt asaase so no, mebu wɔn sɛ wonye.+ 9 Baabiara a mɛhwete wɔn akɔ no,+ mɛma wɔadan biribi a ɛyɛ hu ne abusude ama asaase so ahenni nyinaa,+ na mɛma wɔn anim agu ase, na wɔde wɔn bebu bɛ, na wɔahwɛ wɔn aserew, na wɔayɛ nnome.+ 10 Na mede sekan+ ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu bɛba wɔn so+ akosi sɛ wɔbɛsa afi asaase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.”’”

25 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda man nyinaa ho ni. Ɛbae wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛto so anan a na ɛyɛ Babilon hene Nebukadnesar* afe a edi kan no mu. 2 Asɛm a odiyifo Yeremia ka faa Yuda man nyinaa ne Yerusalemfo nyinaa ho ni:*

3 “Efi Amon ba Yosia,+ Yuda hene no ahenni afe a ɛto so 13 so de besi nnɛ da yi, mfe 23 yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mekɔɔ so kasa kyerɛɛ mo mpɛn pii,* nanso moantie.+ 4 Na Yehowa somaa ne nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn. Ɔsomaa wɔn mpɛn pii,* nanso moantie, na moanyɛ aso antie.+ 5 Wɔkae sɛ, ‘Yɛpa mo kyɛw, obiara ntwe ne ho mfi ne kwammɔne ne ne nneyɛe bɔne ho,+ na ama moakɔ so atena asaase a Yehowa de maa mo ne mo agyanom fi tete no so akyɛ. 6 Munnni anyame foforo akyi nnkɔsom wɔn; monnkotow wɔn, na mommfa mo nsa ano adwuma no nnhyɛ me abufuw. Anyɛ saa a, mede mmusu bɛba mo so.’

7 “‘Nanso moantie me,’ Yehowa asɛm ni. ‘Na mmom mode mo nsa ano adwuma no hyɛɛ me abufuw de mmusu baa mo ara mo so.’+

8 “Enti nea asafo Yehowa aka ni, ‘“Esiane sɛ moantie m’asɛm nti, 9 meresoma ama wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa aba,”+ Yehowa asɛm ni, “na mɛma Babilon hene Nebukadnesar,* m’akoa no nso aba.+ Mɛma wɔaba asaase yi+ ne emu nnipa ne aman a atwa ho ahyia no nyinaa so.+ Mɛsɛe wɔn na mama wɔadan biribi a ɛyɛ hu ne biribi a nkurɔfo bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ,* na ɛbɛyɛ amamfo afebɔɔ. 10 Na mɛma ahurusi nnyigyei ne osebɔ nnyigyei,+ ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne,+ ne ɔbo a wɔyam so ade* nnyigyei agyae wɔ wɔn mu, na kanea hann nso ayera afi wɔn mu. 11 Na asaase yi nyinaa bɛdan amamfo ne biribi a ɛyɛ hu, na aman yi bɛsom Babilon hene mfe 70.”’+

12 “‘Na sɛ mfe 70 no ba awiei a,+ mɛma Babilon hene ne saa ɔman no abu wɔn bɔne ho akontaa,’*+ Yehowa asɛm ni, ‘na mɛma Kaldeafo asaase no ada mpan na ayɛ amamfo afebɔɔ.+ 13 Mɛma me nsɛm a maka atia saa asaase no nyinaa aba asaase no so, nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu nyinaa, nea Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia amanaman no nyinaa no. 14 Na aman pii ne ahemfo akɛse+ de me nkurɔfo bɛyɛ nkoa,+ na metua wɔn ka sɛnea wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma te.’”+

15 Na nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka akyerɛ me ni: “Gye abufuw nsã kuruwa a ɛwɔ me nsam yi, na ma aman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom. 16 Na wɔbɛnom na wɔabow sram na wɔayɛ sɛ abɔdamfo, sekan a mede reba wɔn so no nti.”+

17 Enti migyee kuruwa no fii Yehowa nsam, na memaa aman a Yehowa somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nom bi.+ 18 Mede Yerusalem ne Yuda nkurow+ ne n’ahemfo ne ne mpanyimfo befi ase. Mɛma wɔadan amamfo ne biribi a ɛyɛ hu ne biribi a nkurɔfo bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ* ne abusude,+ sɛnea ɛte nnɛ yi. 19 Wɔn a wodi hɔ ne Egypt hene Farao ne n’asomfo ne ne mpanyimfo ne ne manfo nyinaa,+ 20 ne firamanfiramanfo a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa; afei Us asaase so ahemfo nyinaa; Filistifo+ asaase so ahemfo nyinaa, Askelon+ hene ne Gasa hene ne Ekron hene ne Asdodfo a aka no hene; 21 afei Edom+ ne Moab+ ne Ammonfo;+ 22 Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa+ ne supɔw a ɛwɔ ɛpo so no ahemfo; 23 afei Dedan+ ne Tema ne Bus ne nnipa a wɔatwitwa wɔn asontɔrem nwi no nyinaa;+ 24 afei Arabiafo ahemfo nyinaa+ ne firamanfiramanfo a wɔtete sare so no ahemfo nyinaa; 25 afei Simri ahemfo nyinaa ne Elam+ ahemfo nyinaa ne Mediafo ahemfo nyinaa;+ 26 afei atifi fam ahemfo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri no nyinaa, obiara bɛnom bi, wɔne wiase ahenni a ɛwɔ asaase so nyinaa; sɛ obiara nom wie a, Sesak*+ hene nso bɛnom bi.

27 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Monnom na mommobow, na momfefe, na monhwehwe ase a muntumi nsɔre bio,+ sekan a mede reba mo so no nti.”’ 28 Na sɛ wɔka sɛ wɔrennye kuruwa no wɔ wo nsam nnom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Mobɛnom! 29 Na hwɛ! kurow a me din da so no mpo na merema mmusu no afi ase wɔ hɔ yi,+ na mo na mobɛfa mo ho adi?”’+

“‘Moremfa mo ho nni, efisɛ merefrɛ sekan aba asaase sofo nyinaa so,’ asafo Yehowa na waka.

30 “Na wo de, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ,

‘Yehowa befi soro abobom,

Na ɔbɛma wɔate ne nne afi ne tenabea kronkron hɔ.

Ɔbɛbobom denneennen agu n’atenae no so.

Ɔbɛteɛteɛm te sɛ wɔn a wotiatia amoa a wokyĩ nsã wom so no,

Na ɔbɛto nkonimdi dwom agu asaase sofo nyinaa so.’

31 ‘Dede bi begyigye akodu asaase ano noho,

Efisɛ Yehowa ne amanaman no anya asɛm.

Ɔno ankasa bebu nnipa* nyinaa atɛn.+

Na ɔde abɔnefo bɛma sekan,’ Yehowa asɛm ni.

32 Nea asafo Yehowa aka ni:

‘Hwɛ, mmusu bi fi ɔman so rekɔ ɔman so,+

Na ahum kɛse bi betu afi asaase ano akyirikyiri.+

33 “‘Na wɔn a Yehowa bekunkum wɔn saa da no begugu hɔ afi asaase ano akɔpem asaase ano. Wɔrensu wɔn, wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn nso. Wɔbɛyɛ sɛ sumina* wɔ asaase ani.’

34 Mo, nguanhwɛfo, munsu na monteɛteɛm!

Mo, nguankuw mu atitiriw nso, mummunumunum,

Efisɛ bere a wobekunkum mo na wɔabɔ mo ahwete no adu,

Mobɛhwehwe fam abobɔ sɛ annwene a ɛsom bo!

35 Nguanhwɛfo no rennya baabiara nguan nkɔ,

Na nguankuw mu atitiriw no rennya baabiara

nguan mfa.

36 Muntie! Nguanhwɛfo no resu,

Na nguankuw mu atitiriw no resu teɛteɛm,

Efisɛ Yehowa resɛe wɔn adidibea no.

37 Asomdwoe tenabea no nyinaa ayɛ komm,

Yehowa abufuhyew no nti.

38 Wapue afi ne hintabea te sɛ gyata a ne ho yɛ den,*+

Efisɛ wɔn asaase adan biribi a ɛyɛ hu

Esiane atirimɔden sekan no

Ne n’abufuhyew no nti.”

26 Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no ahenni mfiase no, asɛm yi fi Yehowa hɔ bae sɛ: 2 “Nea Yehowa aka ni, ‘Kogyina Yehowa fi adiwo, na Yuda nkurow mufo a wɔba Yehowa fi bɛsom* wɔ hɔ no nyinaa, ka nsɛm a mɛhyɛ wo no nyinaa fa wɔn ho.* Nea mɛka akyerɛ wo biara, ka kyerɛ wɔn; nyi asɛm baako mpo mfi mu. 3 Ebia wobetie ama obiara atwe ne ho afi ne kwammɔne ho, na mmusu a wɔn nneyɛe bɔne nti mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no, mɛsesa m’adwene.*+ 4 Ka kyerɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ moantie me, na moanni me mmara* a mede ama mo no so, 5 na moantie me nkoa adiyifo a mesoma wɔn ba mo nkyɛn mpɛn pii* nanso muntie wɔn no a,+ 6 ɛnde me nso, mɛyɛ ofi yi sɛ Silo,+ na mɛma kurow yi ayɛ nnome ama asaase so aman nyinaa.’”’”+

7 Na asɔfo ne adiyifo ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi wɔ Yehowa fi hɔ.+ 8 Enti bere a Yeremia kaa nsɛm no nyinaa wiei, sɛnea Yehowa kae sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa no, asɔfo ne adiyifo ne ɔman no nyinaa bɛkyeree no, na wɔkae sɛ: “Owu na wubewu. 9 Adɛn nti na wode Yehowa din ahyɛ nkɔm sɛ, ‘Ofi yi bɛyɛ sɛ Silo, na kurow yi bɛsɛe pasaa a obiara rentena mu bio’?” Na ɔman no nyinaa betwaa Yeremia ho hyiae wɔ Yehowa fi hɔ.

10 Bere a Yuda mpanyimfo no tee nsɛm yi no, wofi ɔhene no fi* baa Yehowa fi hɔ, na wɔbɛtenatenaa ase wɔ Yehowa pon foforo no ano.+ 11 Na asɔfo ne adiyifo no ka kyerɛɛ mpanyimfo ne ɔman no nyinaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ wobu ɔbarima yi fɔ na wokum no,+ efisɛ wahyɛ nkɔm atia kurow yi sɛnea mo ara moate wɔ mo asom no.”+

12 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mpanyimfo no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: “Yehowa na ɔsomaa me sɛ menhyɛ nkɔm ntia ofi yi ne kurow yi, na menka nsɛm a motee no nyinaa.+ 13 Enti afei, monyɛ mo akwan ne mo nneyɛe yiye, na muntie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na mmusu a Yehowa aka sɛ ɔde bɛba mo so no, ɔbɛsesa n’adwene.*+ 14 Na me de, mewɔ mo nsam. Nea eye na ɛteɛ wɔ mo ani so biara no, momfa nyɛ me. 15 Nanso monkae nhu sɛ, sɛ mukum me a, mogya a edi bem na mode begu mo so, ne kurow yi so, ne emufo so, efisɛ ampa ara, Yehowa na ɔsomaa me baa mo nkyɛn sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa nkyerɛ mo.”

16 Ɛnna mpanyimfo no ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfo ne adiyifo no sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wobu ɔbarima yi fɔ na wokum no, efisɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn.”

17 Bio nso, asaase no so mpanyimfo no bi sɔree, na wɔka kyerɛɛ nnipa a wɔabɔ gua no nyinaa sɛ: 18 “Mika+ a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda hene Hesekia bere so,+ na ɔka kyerɛɛ Yudafo nyinaa sɛ: ‘Nea asafo Yehowa aka ni:

“Wobefuntum Sion sɛ afusaase,

Yerusalem bɛyɛ abo akuwakuw,+

Na Ofi no bepɔw* no bɛyɛ sɛ kwae mu nkoko.”’+

19 “Yuda hene Hesekia ne Yudafo nyinaa kum no anaa? So wansuro Yehowa, na wampa Yehowa kyɛw sɛ onhu wɔn mmɔbɔ,* na mmusu a Yehowa kae sɛ ɔde bɛba wɔn so no, wansesa n’adwene anaa?*+ Enti anhwɛ a, yɛde mmusu kɛse bɛba yɛn* so.

20 “Ɔbarima bi nso tenaa ase a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Yehowa din mu. Ɔno ne Semaia ba Uriya a ofi Kiriat-Yearim.+ Ɔno nso kaa nsɛm te sɛ Yeremia nsɛm no de hyɛɛ nkɔm tiaa kurow yi ne asaase yi. 21 Na Ɔhene Yehoiakim+ ne ne mmarima a wonim ko yiye nyinaa ne mpanyimfo no nyinaa tee ne nsɛm no, na na ɔhene no repɛ no akum no.+ Bere a Uriya tee no, ɛhɔ ara na ehu kaa no, na oguan kɔɔ Egypt. 22 Ɛnna Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor ba Elnatan+ ne mmarima foforo kaa ne ho kɔɔ Egypt. 23 Na wɔkɔfaa Uriya fii Egypt, na wɔde no kɔmaa Ɔhene Yehoiakim. Ɛnna ɔde sekan kum no,+ na ɔtow ne funu kyenee ɔmanfo amusiei.”

24 Na Safan+ ba Ahikam+ di boaa Yeremia, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa no mma nkurɔfo no mma wonkum no.+

27 Yosia ba Yehoiakim a ɔyɛ Yuda hene no ahenni mfiase no, asɛm yi fi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ: 2 “Nea Yehowa aka akyerɛ me ni, ‘Yeyɛ kɔndua ne nhama a wɔde suso mu, na fa gu wo kɔn ho. 3 Afei fa ma asomafo a wɔaba Yuda hene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem no na wɔmfa nkɔma Edom+ hene ne Moab+ hene ne Ammonfo+ hene ne Tiro+ hene ne Sidon+ hene. 4 Fa ahyɛde yi ma wɔn na wɔmfa nkɔma wɔn wuranom sɛ:

“‘“Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni; nea monkɔka nkyerɛ mo wuranom ni, 5 ‘Me na mede m’ahoɔden kɛse ne me basa a mateɛ mu yɛɛ asaase ne nnipa ne mmoa a ɛwɔ asaase so, na mede ma obiara a mepɛ.*+ 6 Na mede nsaase yi nyinaa ahyɛ m’akoa Babilon hene Nebukadnesar nsa;+ mede wuram mmoa mpo ama no sɛ wɔnsom no. 7 Aman nyinaa bɛsom no, ɔne ne ba, ne ne banana, akosi sɛ ɔno ara nso asaase bere bɛso+ ama aman ne ahemfo akɛse pii de no ayɛ wɔn akoa.’+

8 “‘“‘Sɛ ɔman ne ahenni bi ansom Babilon hene Nebukadnesar, na wɔamfa wɔn kɔn anhyɛ Babilon hene kɔndua ase a, mede sekan+ ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu bɛtwe saa ɔman no aso,’ Yehowa asɛm ni, ‘akosi sɛ mɛfa ne nsa so ama wɔn nyinaa asã.’

9 “‘“‘Ɛno nti, mo adiyifo, ne wɔn a mokɔ wɔn nkyɛn abisa, ne mo adaesofo ne mo nkonyaayifo ne mo asumanfo a wɔka kyerɛ mo sɛ: “Morensom Babilon hene” no, munntie wɔn. 10 Efisɛ wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokware kyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfa mo afi mo asaase so akɔ akyirikyiri na wɔabɔ mo ahwete, na moayera.

11 “‘“‘Na ɔman a wɔde wɔn kɔn bɛhyɛ Babilon hene kɔndua ase na wɔasom no no de, mɛma wɔakɔ so atena* wɔn asaase so,’ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔbɛdɔw so na wɔatena so.’”’”

12 Yuda hene Sedekia+ nso, saa ara na meka kyerɛɛ no sɛ: “Momfa mo kɔn nkɔhyɛ Babilon hene kɔndua ase na monsom ɔne ne man, na mobɛkɔ so atena nkwa mu.+ 13 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde sekan+ ne ɔkɔm+ ne nsanyare a edi awu+ kunkum wo ne wo manfo, sɛnea Yehowa kae sɛ ɛbɛto ɔman a wɔrensom Babilon hene no? 14 Adiyifo a wɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babilon hene’ no, munntie wɔn,+ efisɛ nkɔm a wɔhyɛ kyerɛ mo no nyɛ nokware.+

15 “‘Mensomaa wɔn,’ Yehowa asɛm ni, ‘na nkɔm a ɛnyɛ nokware na wɔhyɛ wɔ me din mu sɛnea ɛbɛyɛ a mɛbɔ mo ahwete, na moayera, mo ne adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nyinaa.’”+

16 Asɔfo ne ɔman yi nyinaa nso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Mo adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo sɛ: “Hwɛ! Ɛrenkyɛ koraa, wɔde Yehowa fi nneɛma no befi Babilon aba!” no, munntie wɔn nsɛm no,+ efisɛ nkɔm a wɔhyɛ kyerɛ mo no nyɛ nokware.+ 17 Munntie wɔn. Monsom Babilon hene, na mobɛkɔ so atena nkwa mu.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ kurow yi dan amamfo? 18 Na sɛ wɔyɛ adiyifo ampa, na sɛ Yehowa asɛm na wɔka a, ɛnde momma wɔnsrɛ asafo Yehowa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɛfa nneɛma a aka wɔ Yehowa fi, ne Yuda hene fi,* ne Yerusalem no nkɔ Babilon.’

19 “Efisɛ eyi ne nea Yehowa aka wɔ adum+ ne Ɛpo no*+ ne trɔk a wɔde twe nsu+ ne nneɛma a aka wɔ kurow yi mu no ho, 20 nneɛma a Babilon hene Nebukadnesar gyawee bere a ɔfaa Yehoiakim ba Yekonia a ɔyɛ Yuda hene no ne Yuda ne Yerusalem adehye nyinaa fii Yerusalem kɔe no;+ 21 yiw, nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa nneɛma a aka wɔ Yehowa fi ne Yuda hene fi* ne Yerusalem nyinaa ho ni: 22 ‘“Babilon na wɔde bɛkɔ,+ na ɛhɔ na ɛbɛwɔ de akosi da a mɛdan m’ani aba so,” Yehowa asɛm ni. “Afei mɛsan akɔfa na mede aba ha.”’”+

28 Saa afe no ara mu, Yuda hene Sedekia+ ahenni no mfiase, afe a ɛto so anan, bosome a ɛto so anum no, Asor ba odiyifo Hanania a ofi Gibeon+ no ka kyerɛɛ me wɔ asɔfo no ne ɔman no nyinaa anim wɔ Yehowa fi hɔ sɛ: 2 “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Mebubu Babilon hene kɔndua no mu.+ 3 Akyɛ ara ne mfe* abien, mɛsan de Yehowa fi nneɛma a Babilon hene Nebukadnesar de fi ha kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio.’”+ 4 “‘Na mɛsan de Yehoiakim+ ba Yekonia+ a ɔyɛ Yuda hene ne Yudafo a wotuu wɔn ase kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio,’+ Yehowa asɛm ni, ‘efisɛ mebubu Babilon hene kɔndua no mu.’”

5 Ɛnna odiyifo Yeremia kaa asɛm yi kyerɛɛ odiyifo Hanania wɔ asɔfo no ne ɔmanfo a wogyinagyina Yehowa fi hɔ no nyinaa anim. 6 Odiyifo Yeremia kae sɛ: “Amen!* Yehowa nyɛ saa! Nsɛm a wode ahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsan de Yehowa fi nneɛma no ne wɔn a wotuu wɔn ase kɔe no nyinaa afi Babilon aba ha no, Yehowa mma ɛmmra mu! 7 Nanso mepa wo kyɛw, tie asɛm a mereka wɔ w’asom ne ɔman yi nyinaa asom yi. 8 Tete no, adiyifo a wodii me ne wo nyinaa kan no hyɛɛ nsaase pii ne ahenni akɛse ho nkɔm sɛ ɔko ne mmusu ne nsanyare a edi awu bɛba wɔn so. 9 Sɛ odiyifo bi hyɛ asomdwoe ho nkɔm, na sɛ saa odiyifo no nsɛm ba mu a, ɛnde obiara behu sɛ Yehowa na ɔsomaa saa odiyifo no ampa.”

10 Ɛnna odiyifo Hanania yii kɔndua no fii odiyifo Yeremia kɔn ho, na obubuu mu.+ 11 Na Hanania kae wɔ ɔman no nyinaa anim sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Saa na mebubu Babilon hene Nebukadnesar kɔndua no afi aman nyinaa kɔn ho; akyɛ ara ne mfe abien.’”+ Ɛnna odiyifo Yeremia siim kɔɔ ne kwan.

12 Bere a odiyifo Hanania yii kɔndua no fii odiyifo Yeremia kɔn ho bubuu mu wiei no, Yehowa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13 “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Dua kɔndua na woabubu mu;+ dade kɔndua na wobɛyɛ asi ananmu.” 14 Na nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Mede dade kɔndua bɛto aman yi nyinaa kɔn ho ama wɔasom Babilon hene Nebukadnesar, na wɔbɛsom no.+ Wuram mmoa mpo, mede wɔn bɛma no.”’”+

15 Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania+ sɛ: “O Hanania, mepa wo kyɛw, tie! Yehowa nsomaa wo, nanso woama ɔman yi de wɔn ho ato asɛm a ɛyɛ atoro so.+ 16 Enti nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ! Mereyi wo afi asaase so. Afe yi, wubewu, efisɛ woahyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔntew atua ntia Yehowa.’”+

17 Enti odiyifo Hanania wui saa afe no ara mu, bosome a ɛto so ason no mu.

29 Odiyifo Yeremia krataa no mu nsɛm ni. Ɔsoma ma wɔde fii Yerusalem kɔmaa wɔn a wotuu wɔn ase kɔe no mpanyimfo a aka, ne asɔfo, ne adiyifo, ne ɔmanfo a na Nebukadnesar atu wɔn afi Yerusalem kɔ Babilon no nyinaa. 2 Ɔde krataa no kɔe bere a Ɔhene Yekonia,+ ne ɔhemmaa,*+ ne ahemfi mpanyimfo, ne Yuda ne Yerusalem mpanyimfo, ne adwumfo ne atomfo* no fi Yerusalem kɔe no.+ 3 Ɔde krataa no somaa Safan+ ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yuda hene Sedekia+ somaa wɔn Babilon sɛ wɔnkɔ Babilon hene Nebukadnesar nkyɛn no. Emu nsɛm ni:

4 “Eyi na asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no reka akyerɛ wɔn a wotuu wɔn ase kɔe no nyinaa, wɔn a mema wɔde wɔn fii Yerusalem kɔɔ Babilon no, 5 ‘Munsisi adan na montenatena mu. Monyɛ nturo na munni mu aba. 6 Monwareware yerenom na monwo mma mmarima ne mma mmea. Monwareware yerenom mma mo mma mmarima na momfa mo mma mmea mma aware, na wɔn nso wɔnwo mma mmarima ne mma mmea. Monnɔɔso wɔ hɔ, na mommma mo dodow so nntew. 7 Na monhwehwɛ asomdwoe mma kurow a mama wɔatu mo ase kɔ mu no, na mommɔ Yehowa mpae mma kurow no, efisɛ sɛ enya asomdwoe a na mo nso mubenya asomdwoe.+ 8 Na nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Mommma mo adiyifo ne wɔn a mokɔ wɔn nkyɛn abisa a wɔwɔ mo mu no nnnaadaa mo,+ na munntie wɔn adae a wɔsoso no. 9 Efisɛ ‘nkɔm a ɛnyɛ nokware na wɔhyɛ kyerɛ mo wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,’+ Yehowa asɛm ni.”’”

10 “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mfe 70 no ba awiei wɔ Babilon a, metwa m’ani abɛhwɛ mo,+ na bɔ a mehyɛe sɛ mɛsan de mo aba ha no, mɛma aba mu.’+

11 “‘Na me ara minim adwene a madwen wɔ mo ho,’ Yehowa asɛm ni. ‘Ɛyɛ asomdwoe adwene, na ɛnyɛ mmusu;+ ɛne sɛ, mɛma mo daakye ne anidaso.+ 12 Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpae, na metie mo.’+

13 “‘Mobɛhwehwɛ me na moahu me,+ efisɛ mode mo koma nyinaa na ɛbɛhwehwɛ me.+ 14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛboaboa mo nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano, na meyi mo afi aman nyinaa mu ne mmeae a mebɔɔ mo hwetee no nyinaa na maboa mo ano,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛsan de mo aba baabi a mituu mo ase fii no.’+

15 “Nanso moka sɛ, ‘Yehowa ama yɛn adiyifo wɔ Babilon.’

16 “Eyi ne nea Yehowa aka akyerɛ ɔhene a ɔte Dawid ahengua so+ ne nnipa a wɔtete kurow yi mu nyinaa, mo nuanom a wɔantu wɔn ase anka mo ho ankɔ no. 17 ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Hwɛ, mede sekan ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu* reba wɔn so,+ na mɛma wɔayɛ sɛ borɔdɔma a aporɔw,* borɔdɔma a enye koraa a wudi a ɛnyɛ yiye.”’+

18 “‘Na mede sekan+ ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu bɛtaa wɔn so, na mɛma wɔadan biribi a ɛyɛ hu ama asaase so ahenni nyinaa,+ na mɛma wɔayɛ nnome ne ade a ɛyɛ ahodwiriw ne ade a nkurɔfo bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ*+ ne ade a ɛyɛ animguase wɔ aman a mɛbɔ wɔn ahwete so no nyinaa mu,+ 19 efisɛ wɔantie me nsɛm a mede somaa me nkoa adiyifo no kɔmaa wɔn no,’ Yehowa asɛm ni. ‘Na mesomaa wɔn mpɛn pii.’*+

“‘Nanso moantie,’+ Yehowa asɛm ni.

20 “Ɛno nti, mo a wɔatu mo ase kɔ nyinaa, mo a mede mo fii Yerusalem kɔɔ Babilon no, muntie Yehowa asɛm. 21 Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokware wɔ me din mu no ho ni,+ ‘Hwɛ, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa, na obekunkum wɔn wɔ mo anim. 22 Na nea ɛbɛto wɔn no, Yudafo a wɔatu wɔn kɔ Babilon no de bɛdome, na wɔaka sɛ: “Yehowa nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babilon hene tõtõõ wɔn wɔ ogya mu no!” 23 Efisɛ wɔayɛ aniwude wɔ Israel;+ wɔne wɔn yɔnko yerenom sɛee aware, na wɔkaa nsɛm a ɛnyɛ nokware wɔ me din mu bere a menhyɛɛ wɔn saa.+

“‘“Me na minim, na mene ɛho dansefo,”+ Yehowa asɛm ni.’”

24 “Semaia+ a ofi Nehelam nso, ka kyerɛ no sɛ, 25 ‘Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Wode nkrataa akɔma nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania,+ ne asɔfo no nyinaa wɔ wo din mu sɛ, 26 ‘Yehowa ayɛ wo ɔsɔfo de wo asi ɔsɔfo Yehoiada anan sɛ hwɛ Yehowa fi so, na hwɛ kyere ɔbɔdamfo biara a ɔbɛyɛ n’ade sɛ odiyifo, na fa ne nan ne ne nsa bɔ dua mu, na fa ade bram ne kɔn akyi;*+ 27 enti Yeremia a ofi Anatot a wayɛ ne ho sɛ mo diyifo no, adɛn nti na muntwiw n’anim?+ 28 Ɛno nti na wasoma aba yɛn nkyɛn wɔ Babilon ha abɛka sɛ: “Ɛbɛkyɛ! Munsisi adan na montenatena mu. Monyɛ nturo na munni mu aba,+—”’”’”

29 Bere a ɔsɔfo Sefania+ kenkan krataa yi kyerɛɛ odiyifo Yeremia no, 30 Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 31 “Soma kɔka kyerɛ wɔn a wɔatu wɔn ase de wɔn kɔ no nyinaa sɛ, ‘Nea Yehowa aka wɔ Semaia a ofi Nehelam ho ni: “Esiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm bere a mensomaa no, na ɔyɛe sɛ ɔbɛma mode mo ho ato asɛm a ɛyɛ atoro so nti,+ 32 nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, meredan m’ani aba Semaia a ofi Nehelam ne n’asefo so. Ne busuani baako mpo renka ɔman yi mu, na ɔremfa n’ani nhu papa a mɛyɛ me man no,’ Yehowa asɛm ni, ‘efisɛ wahyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔntew atua ntia Yehowa.’”’”

30 Asɛm a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn ni: 2 “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Kyerɛw nsɛm a mɛka akyerɛ wo no nyinaa wɔ nhoma mu. 3 Na “hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “mɛboaboa me nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano, Israel ne Yuda,”+ Yehowa asɛm ni, “na mɛsan de wɔn aba asaase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so bio.”’”+

4 Eyi ne nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israel ne Yuda.

 5 Nea Yehowa aka ni:

“Yɛate nnipa a wɔn ho repopo nne;

Ehu nko ara, asomdwoe biara nni hɔ.

 6 Mepa mo kyɛw, mummisa nhwɛ sɛ ɔbarima betumi akyem awo anaa.

Ɛnde, adɛn nti na mihu sɛ ɔbarima hoɔdenfo biara de ne nsa ato n’afuru so*

Te sɛ ɔbea a awo aka no yi?+

Adɛn nti na obiara anim ayɛ hoyaa yi?

 7 Ao! Ɛda no yɛ hu* sɛ.+

Ɛso bi mmae da;

Ɛyɛ amanehunu bere ma Yakob.

Nanso wobegye no afi mu.”

8 “Na ɛda no,” asafo Yehowa asɛm ni, “mebubu kɔndua no mu afi wo kɔn ho, na wo nhama nso, mɛtew mu abien; na ahɔho* remfa no* nyɛ wɔn akoa bio. 9 Wɔbɛsom Yehowa, wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid a meyi no ama wɔn no.”+

10 “Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm ni,

“Na mmɔ hu, O Israel.+

Efisɛ megye wo afi akyirikyiri,

Na magye wo mma afi asaase a wɔakyere wɔn kɔ so no so.+

Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛtena hɔ dwoodwoo, na obiara renteetee no,

Na obiara renhunahuna wɔn.”+

11 “Efisɛ meka wo ho, na megye wo,” Yehowa asɛm ni,

“Na aman a mabɔ wo ahwete so no, mɛhyew wɔn nyinaa ase.+

Nanso wo de, merenhyew w’ase.+

Mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata,

Na meremma womfa wo ho nni da.”+

12 Na nea Yehowa aka ni:

“Pira a woapira no, wɔsa a ɛrenyɛ yiye.+

Wo kuru nni aduru.

13 Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,

Wɔrentumi nsa wo kuru no.

Ayaresa biara nni hɔ mma wo.

14 W’adɔfo a wɔnte wo ho gyae no nyinaa werɛ afi wo.+

Wɔnhwehwɛ w’akyi kwan bio.

Efisɛ ɔtamfo abaa na mede abɔ wo,+

Na otirimɔdenfo asotwe na mede atwe w’aso,

Esiane sɛ wo bɔne so, na w’amumɔyɛ dɔɔso nti.+

15 Adɛn nti na pira a woapira nti, woresu?

Wo yaw no renkɔ da!

Esiane sɛ wo bɔne so, na w’amumɔyɛ dɔɔso nti+

Na mayɛ wo saa no.

16 Ɛno nti, wɔn a wɔsɛe wo nyinaa, wɔbɛsɛe wɔn,+

Na w’atamfo nyinaa nso, wɔbɛkyere wɔn akɔ.+

Wɔn a wɔfom wo nneɛma no, wɔbɛfom wɔn nneɛma,

Na wɔn a wɔsesaw wo nneɛma no, wɔn nso mɛma nkurɔfo asesaw wɔn nyinaa nneɛma.”+

17 “Ɛwom sɛ wɔfrɛɛ wo nea wɔapo no, na wɔkae sɛ:

‘Sion a obiara nhwehwɛ n’akyi kwan no ni,’+

Nanso mɛma wo ho atɔ wo na masa w’akuru no,”+ Yehowa asɛm ni.

18 Nea Yehowa aka ni:

“Hwɛ, mereboaboa Yakob ntamadan mufo a wɔakyere wɔn kɔ no ano,+

Na mehu ne ntamadan no mmɔbɔ.

Wɔbɛsan akyekye kurow no asi ne bepɔw no so,+

Na abantenten no bɛsan asi baabi a na esi no bio.

19 Na wɔbɛte aseda ne ɔserew wɔ wɔn mu.+

Mɛma wɔadɔɔso, na wɔrenyɛ kakraa bi;+

Mɛma wɔayɛ bebree,*

Na wɔrenyɛ ketewaa bi.+

20 Ne mma bɛsan ayɛ sɛ tete no,

Na n’asafo betim wɔ m’anim.+

Me ne wɔn a wɔhyɛ no so no nyinaa bedi.+

21 Ne tumfo befi ɔno ara nkurɔfo mu,

Na ne mu na ne hene befi aba.

Mɛma wabɛn na waba me nkyɛn.”

“Anyɛ saa a, hena na obesi ne bo* aba me nkyɛn?” Yehowa asɛm ni.

22 “Na mobɛyɛ me man,+ na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.”+

23 Hwɛ! Yehowa ahum de abufuw betu.+

Ɛbɛyɛ sɛ mframa dennen a ɛpra nneɛma; ebetwa ne ho wɔ abɔnefo apampam.

24 Yehowa abufuhyew rensan,

Gye sɛ wayɛ nea wasusuw wɔ ne komam no awie.+

Awiei nna no mu na mobɛte eyi ase.+

31 “Saa bere no,” Yehowa asɛm ni, “mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.”+

 2 Nea Yehowa aka ni:

“Nnipa a sekan ankunkum wɔn no nyaa adom wɔ sare so

Bere a Israel nam kwan so rekɔ ne homebea no.”

 3 Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ akyirikyiri, na ɔkae sɛ:

“Ɔdɔ a enni awiei na mede adɔ wo.

Ɛno nti na mede ɔdɔ a enni huammɔ atwe wo aba me nkyɛn no.*+

 4 Mɛsan ama wo so asi hɔ ama woagyina bio.+

O Israel baabun, wobɛsan afa wo mpintin,

Na woapue de anigye akɔsaw.*+

 5 Wobɛsan ayeyɛ bobe mfuw wɔ Samaria mmepɔw so,+

Na adwumayɛfo no bedua na wɔadi so aba.+

 6 Na ɛda bi reba a awɛmfo a ɛwɔ Efraim mmepɔw so bɛteɛm sɛ:

‘Monsɔre, momma yɛmforo nkɔ Sion, na yɛnkɔ Yehowa, yɛn Nyankopɔn no nkyɛn.’”+

 7 Efisɛ nea Yehowa aka ni:

“Momfa anigye nni ahurusi wɔ Yakob ho.

Mommɔ ose efisɛ moadi kan wɔ amanaman no mu.+

Mommɔ no dawuru; munyi Onyankopɔn ayɛ, na monka sɛ,

‘O Yehowa, gye wo man, Israelfo a aka no.’+

 8 Mede wɔn befi atifi fam asaase so asan aba.+

Mɛboaboa wɔn ano afi asaase ano akyirikyiri.+

Wɔn a wɔbɛka ho bi ne anifuraefo ne mmubuafo,+

Apemfo ne wɔn a awo aka wɔn. Mɛboaboa wɔn nyinaa ano.

Na wɔbɛsan aba ha sɛ asafo kɛse.+

 9 Osũ na wɔde bɛba,+

Medi wɔn anim bere a wɔresrɛ hwehwɛ adom.

Mɛkyerɛ wɔn kwan akɔ asuten* ho;+

Mede wɔn bɛfa ɔkwan a ɛda so so, na wɔrenhintiw.

Efisɛ meyɛ Israel Agya, na Efraim yɛ m’abakan.”+

10 Amanaman, muntie Yehowa asɛm,

Na monka wɔ nsupɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so sɛ:+

“Nea ɔbɔɔ Israel hwetee no, ɔbɛboaboa wɔn ano.

Na ɔbɛhwɛ wɔn sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan.+

11 Efisɛ Yehowa begye Yakob,+

Na obegye no* afi nea ne ho yɛ den sen no no nsam.+

12 Wɔbɛba abɛbɔ ose wɔ Sion bepɔw so,+

Na wɔadi Yehowa papayɛ* ho ahurusi,

Hwiit* ne bobesa foforo+ ne ngo ho,

Ɛne nguan mma ne anantwi ho.+

Wɔbɛyɛ* sɛ turo a anya nsu pii,+

Na wɔrenyɛ hahaaha bio da.”+

13 “Saa bere no, mmaabun de anigye bɛsaw,

Mmerante ne nkwakoraa nso saa ara.+

Mɛma wɔn awerɛhow adan anigye.+

Mɛkyekye wɔn werɛ, na mɛma wɔadi ahurusi; wobefi wɔn awerɛhow no mu.+

14 Na mɛma asɔfo no* aduan* adi amee,

Na me papayɛ bebu so ama me man,”+ Yehowa asɛm ni.

15 “Nea Yehowa aka ni:

‘Wɔte nne bi wɔ Rama,+ awerɛhow su ne osu yayaayaw:

Ɛyɛ Rahel na ɔresu ne mma mmarima.*+

Wɔkyekye ne werɛ wɔ ne mma mmarima no ho a, ɔmpene,

Efisɛ wonni hɔ bio.’”+

16 Nea Yehowa aka ni:

“‘Gyae su na popa w’ani ase nisu,

Efisɛ w’adwuma so akatua wɔ hɔ,’ Yehowa asɛm ni.

‘Wɔbɛsan afi ɔtamfo no asaase so aba.’+

17 ‘Anidaso wɔ hɔ ma wo,’+ Yehowa asɛm ni.

‘Wo mma mmarima bɛsan aba wɔn asaase so bio.’”+

18 “Mate paa sɛ Efraim redi abooboo sɛ,

‘Woateɛ me so, na magye nteɛso no atom

Te sɛ nantwi ba a wɔntetee no.

San fa me bra, na mɛsan aba dodo,

Efisɛ wone Yehowa me Nyankopɔn.

19 Na bere a mesan bae no, minyaa adwensakra;+

Na bere a wɔma metee ase no, mede awerɛhow bɔɔ me srɛ ho.

Mefɛree, na m’ani wui,+

Efisɛ mesoaa me mmeranteberem animguase.’”

20 “Efraim nyɛ me ba a ɔsom bo ma me anaa? Ɔnyɛ me dɔba anaa?+

Mekasa tia no mpɛn pii mpo a, meda so kae no.

Ɛno nti na me yam* hyehye me wɔ ne ho no.+

Nea ɛte biara, mehu no mmɔbɔ,” Yehowa asɛm ni.+

21 “Fa nneɛma sisi ɔkwan no so fa hyɛ no nsow ma ɛmmoa wo,

Na fa ahyɛnsode sisi hɔ.+

Hwɛ ɔkwantempɔn no yiye, ɔkwan a wobɛfa so no.+

San bra, O Israel ɔbaabun, san bra wo nkurow yi mu.

22 Ɔbabea kontomponi, wobɛkɔ ha akɔ ha akosi da bɛn?

Efisɛ Yehowa abɔ ade foforo wɔ asaase so. Ɛne sɛ:

Ɔbea bɛyere ne ho ahwehwɛ ɔbarima.”

23 Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Sɛ meboaboa wɔn a wɔakyere wɔn kɔ no ano a, wɔbɛsan aka asɛm yi bio wɔ Yuda asaase ne ne nkurow mu sɛ: ‘O trenee tenabea,+ bepɔw kronkron,+ Yehowa nhyira wo.’ 24 Na Yuda ne ne nkurow nyinaa bɛbom atena mu, akuafo ne wɔn a wɔhwɛ nguan nyinaa.+ 25 Na mɛma nea wabrɛ* ahome, na mahyɛ obiara* a wayɛ hahaaha ma.”+

26 Ɛnna minyanee, na mibuee m’aniwa, na mihui sɛ mada ama me ho abae me.

27 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛma nnipa ne nyɛmmoa adɔɔso wɔ Israel fi ne Yuda fi.”*+

28 “Na sɛnea mede m’ani sii wɔn so sɛ metu wɔn ase, na madwiriw wɔn agu, na mabubu wɔn, na masɛe wɔn ayɛ wɔn bɔne no,+ saa ara na mɛma m’ani aba wɔn so na mama wɔn so asi hɔ na madua wɔn,”+ Yehowa asɛm ni. 29 “Saa bere no, wɔrenka bio sɛ, ‘Agyanom adi bobebun,* na mma na wɔn se afem.’+ 30 Mmom obiara bɔne nti na obewu, na obiara a obedi bobebun no, ɔno ara na ne se bɛfem.”

31 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na me ne Israel fi ne Yuda fi bɛyɛ apam foforo.+ 32 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛe da a misusoo wɔn nsa dii wɔn anim fii Egypt asaase so no;+ ‘ɛwom sɛ na meyɛ wɔn wura* ankasa de, nanso wobuu m’apam so,’+ Yehowa asɛm ni.”

33 “Na eyi ne apam a me ne Israel fi bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,” Yehowa asɛm ni. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu,+ na makyerɛw wɔ wɔn komam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.”+

34 “Na obiara renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio sɛ, ‘Munhu Yehowa!’+ Efisɛ wɔn nyinaa behu me, efi akumaa so kosi ɔkɛse so,”+ Yehowa asɛm ni. “Efisɛ mede wɔn mfomso bɛkyɛ wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+

35 Yehowa a ɔma owia hyerɛn awia,

Nea wahyehyɛ mmara ama ɔsram ne nsoromma sɛ ɛnhyerɛn anadwo,

Nea ɔkanyan ɛpo ma n’asorɔkye bu fa so,

A ne din de asafo Yehowa no,+

Nea waka ni:

36 “‘Esiane sɛ saa ahyɛde yi bɛyɛ adwuma daa nti,’ Yehowa asɛm ni,

‘Israel asefo nso bɛkɔ so ayɛ ɔman wɔ m’anim daa.’”+

37 Nea Yehowa aka ni: “‘Sɛ obi betumi asusuw ɔsoro, na wahwehwɛ asaase fapem a, ɛnde me nso mɛpo Israel asefo nyinaa, nea wɔayɛ nyinaa nti,’ Yehowa asɛm ni.”+

38 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na wɔbɛkyekye kurow no+ ama Yehowa afi Hananel Abantenten ho+ akosi Ntwea So Pon no ho.+ 39 Na susuhama+ no bepue akɔ tẽẽ akodu Gareb koko so, na adan akɔ Goa. 40 Na obon a wɔtow afunu ne nsõ* gu mu,* ne mfuw a egu mmepɔw so no nyinaa, de kosi Kidron Bon mu+ kosi Apɔnkɔ Pon ntwea so+ wɔ apuei fam no bɛyɛ ade kronkron ama Yehowa.+ Wɔrentutu ase, na wɔrennwiriw ngu bio da.”

32 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda hene Sedekia ahenni afe a ɛto so 10, a ɛyɛ Nebukadnesar* ahenni afe a ɛto so 18 no mu.+ 2 Saa bere no, na Babilon hene asraafo abetwa Yerusalem ho ahyia, na odiyifo Yeremia nso, na wɔakyere no atom wɔ Awɛmfo Aban no mu+ wɔ Yuda hene fi.* 3 Efisɛ na Yuda hene Sedekia akyere no atom+ abisa no sɛ, “Adɛn nti na wohyɛ nkɔm sɛɛ? Woka sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Mede kurow yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔbɛfa,+ 4 na Yuda hene Sedekia rentumi nguan mfi Kaldeafo no nsam, na nea ɛte biara wɔde no bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde n’ani behu no, na ɔne no akasa.”’+ 5 ‘Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na ɔbɛtena akosi sɛ mɛdan m’ani abɛhwɛ no,’ Yehowa asɛm ni. ‘Mo ne Kaldeafo no bɛko de, nanso morenni nkonim.’”+

6 Na Yeremia kae sɛ: “Yehowa asɛm aba me nkyɛn sɛ, 7 ‘Hwɛ, wo papa nuabarima Salum ba Hanamel bɛba wo nkyɛn abɛka sɛ: “Tɔ m’asaase a ɛwɔ Anatot no na fa,+ efisɛ wo na wudi kan a mmara ma kwan sɛ wosan gye.”’”+

8 Na me papa nuabarima ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ Awɛmfo Aban no mu sɛnea Yehowa kae no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mepa wo kyɛw, tɔ m’asaase a ɛwɔ Anatot, Benyamin asaase so no, efisɛ wo na mmara ma kwan sɛ ebedi wo nsam na wosan gye. Enti tɔ na fa.” Ɛhɔ na mihui sɛ ɛyɛ Yehowa asɛm.

9 Enti metɔɔ asaase a ɛwɔ Anatot no fii me papa nuabarima ba Hanamel nsam. Na mekarii sika no+ maa no, nnwetɛbona ason* ne dwetɛ du. 10 Afei meyɛɛ ɛho nkrataa,+ na mede ahyɛnsode taree ano, na mefrɛɛ adansefo,+ na mekarii sika no wɔ nsenia* so. 11 Ɛnna mefaa asaase no ho nkrataa no, nea mmara ne ahyɛde no hwehwɛ sɛ wɔde ahyɛnsode tare ano ne nea ɛhwehwɛ sɛ ano da hɔ no nyinaa, 12 na mede asaase no ho nkrataa no maa Maseia ba Neria ba+ Baruk+ wɔ me papa nuabarima ba Hanamel, ne adansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ asaase no ho nkrataa no ase no anim, ne Yudafo a wɔwɔ Awɛmfo Aban mu hɔ+ no nyinaa anim.

13 Afei meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: 14 “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Gye nkrataa yi, asaase no ho nkrataa yi, nea wɔde ahyɛnsode atare ano ne nea ano da hɔ yi, na fa kɔhyɛ kuku mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkyɛ paa.’ 15 Efisɛ nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Nkurɔfo bɛtotɔ adan ne nsaase ne bobe mfuw wɔ ɔman yi mu bio.’”+

16 Bere a mede asaase no ho nkrataa no maa Neria ba Baruk no, mebɔɔ Yehowa mpae sɛ: 17 “O Awurade Tumfo Yehowa! Hwɛ! Wo na wode wo tumi kɛse no+ ne wo basa a woateɛ mu yɛɛ ɔsoro ne asaase. Biribiara nni hɔ a wuntumi nyɛ. 18 Wo na woda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem, na wode agyanom bɔne tua wɔn mma a wodi wɔn akyi no ka;*+ wone nokware Nyankopɔn no, Otumfo ne Opumpuni no, na wo din ne asafo Yehowa. 19 W’afotu kyɛn afotu biara,* na wo nnwuma yɛ akɛse,+ wo na w’ani hwɛ nnipa akwan nyinaa+ sɛ wubetua obiara ka sɛnea n’akwan ne ne nnwuma te.+ 20 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ Egypt asaase so, na obiara nim de besi nnɛ da yi. Na wode gyee din wɔ Israel ne nnipa nyinaa mu,+ sɛnea ɛte nnɛ yi. 21 Na wode nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne nsa a ɛyɛ den ne basa a woateɛ mu ne nneɛma a ɛyɛ hu na eyii wo man Israel fii Egypt asaase so.+

22 “Akyiri yi, wode asaase yi maa wɔn, asaase a wokaa ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom,+ asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no.+ 23 Na wɔba bɛfaa asaase no, nanso wɔantie wo nne, na wɔanni wo mmara so. Nneɛma a wokae sɛ wɔnyɛ nyinaa, wɔanyɛ baako mpo; ɛno nti na woama mmusu yi nyinaa aba wɔn so no.+ 24 Hwɛ! Mmarima de nneɛma abɛto kurow no ho akoban* sɛ wɔrebɛko afa.+ Na sekan+ ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu*+ no nti, sɛnea ɛte biara, Kaldeafo a wɔne kurow no reko no bɛfa kurow no. Nea wokae no nyinaa aba mu, sɛnea wuhu no nnɛ yi. 25 Ao, Awurade Tumfo Yehowa, nea ɛte biara, Kaldeafo bɛfa kurow no, nanso woaka akyerɛ me sɛ, ‘Fa sika kɔtɔ asaase fa, na pɛ ho adansefo.’”

26 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 27 “Me Yehowa, mene nnipa* nyinaa Nyankopɔn. Biribi wɔ hɔ a ɛboro m’ahoɔden so anaa? 28 Enti nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, mede kurow yi bɛhyɛ Kaldeafo ne Babilon hene Nebukadnesar* nsa, na ɔbɛfa.+ 29 Na Kaldeafo a wɔne kurow yi reko no bɛbɔ awura mu, na wɔde ogya bɛto kurow yi mu, na wɔbɛhyew kurow no+ ne adan a nkurɔfo no bɔɔ afɔre wɔ atifi maa Baal na wohwiee afɔrebɔ nsã wɔ hɔ maa anyame foforo de hyɛɛ me abufuw no.’+

30 “‘Efisɛ bɔne nko ara na Israelfo ne Yudafo ayɛ wɔ m’ani so fi wɔn mmabunberem;+ Israelfo de wɔn nsa ano adwuma hyɛ me abufuw daa,’ Yehowa asɛm ni. 31 ‘Na saa kurow yi, efi da a wɔkyekyee de besi nnɛ, abufuw nko ara na ahyɛ me,+ na ahuru me bo sɛnea ɛbɛyɛ a meyi afi m’anim.+ 32 Meyi afi m’anim esiane bɔne a Israelfo ne Yudafo ayɛ de ahyɛ me abufuw nyinaa nti, wɔne wɔn ahemfo+ ne wɔn mpanyimfo+ ne wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo+ ne Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem. 33 Wɔn akyi na wɔdan kyerɛɛ me bere nyinaa, na ɛnyɛ wɔn anim.+ Meyɛɛ nea metumi biara kyerɛkyerɛɛ wɔn mpɛn pii,* nanso wɔn mu biara antie mpo na ayɛ ne mu adwuma.*+ 34 Na wɔde wɔn abosom fĩ no kosisii ofi a me din da so no mu de guu ho fĩ.+ 35 Afei nso, wosisii Baal sorɔnsorɔmmea* wɔ Hinom Ba Bon* no mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyew wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea wɔ ogya mu* ama Molek.+ Nanso menhyɛɛ wɔn saa,+ na ɛmmaa me komam da* sɛ mɛma wɔayɛ akyiwade a ɛte saa, de ama Yuda ayɛ bɔne.’

36 “Ɛno nti, eyi ne nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa kurow yi ho, kurow a moka sɛ wɔnam sekan ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu so de bɛhyɛ Babilon hene nsa no: 37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afi nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so wɔ m’abufuw ne m’abufuhyew ne anibere kɛse mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ama wɔabɛtena ase dwoodwoo.+ 38 Na wɔbɛyɛ me man, na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.+ 39 Na mɛma wɔn koma koro+ ne ɔkwan koro, sɛnea ɛbɛyɛ a wobesuro me daa, na asi wɔn yiye na asi wɔn mma a wobedi wɔn akyi aba no nso yiye.+ 40 Me ne wɔn bɛyɛ daa apam.+ Ɛne sɛ, mɛyɛ wɔn yiye, na merennyae da.+ Mede me ho suro bɛhyɛ wɔn koma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentwe wɔn ho mfi me ho.+ 41 M’ani begye sɛ mɛyɛ wɔn yiye.+ Na mede me koma nyinaa ne me kra* nyinaa bedua wɔn ama wɔn ase atim wɔ asaase yi so.’”+

42 “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛnea mede mmusu kɛse yi nyinaa aba ɔman yi so no, saa ara na mede adepa* a mede ahyɛ wɔn bɔ no nyinaa bɛma wɔn.+ 43 Na ɔman yi a moka sɛ: “Ayɛ amamfo, na onipa ne aboa biara nni so, na wɔde ahyɛ Kaldeafo nsa” no, wɔbɛsan atotɔ nsaase wɔ so bio.’+

44 “‘Wɔde sika bɛtotɔ nsaase, na wɔayeyɛ ɛho nkrataa de ahyɛnsode atetare ano, na wɔafa ho adansefo afi Benyamin asaase so,+ ne Yerusalem ho nkurow mu, ne Yuda nkurow mu,+ ne mmepɔw so nkurow mu, ne nkurow a ɛdeda fam mu,+ ne anaafo nkurow mu, efisɛ mɛsan de wɔn nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no aba bio,’+ Yehowa asɛm ni.”

33 Yehowa ne Yeremia kasae ne mprenu so. Saa bere no, na ɔda so da Awɛmfo Aban no mu hɔ.+ Ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Yehowa a ɔyɛɛ asaase, Yehowa a ɔnwenee asaase na ɔde tim hɔ pintinn a ne din ne Yehowa no, nea waka ni, 3 ‘Frɛ me, na megye wo so, na mayɛ krado sɛ mɛka nsɛm akɛse ne nneɛma a wonte ase na wunnim akyerɛ wo.’”+

4 “Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afi a ɛwɔ kurow yi mu ne Yuda ahemfo afi a akoban* ne sekan nti, wɔadwiriw agu no ho asɛm.+ 5 Wasan aka wɔn a wɔreba ne Kaldeafo abɛko no nso ho asɛm, na waka sɛ ɔde nnipa a obekunkum wɔn wɔ n’abufuw ne n’abufuhyew mu no afunu bɛhyɛ kurow no ma. Bɔne a kurow yi mu nnipa ayɛ nti, wayi n’ani afi kurow yi so. Nea waka ni: 6 ‘Hwɛ, mɛma ne ho atɔ no, na wanya apɔwmuden.+ Mɛsa wɔn yare, na mɛma asomdwoe ne nokware abu so ama wɔn.+ 7 Na mɛsan de Yudafo a wɔakyere wɔn kɔ ne Israelfo a wɔakyere wɔn kɔ no aba bio,+ na mɛsan ama wɔn so asi hɔ sɛnea meyɛɛ no kan no.+ 8 Medwira wɔn ho afi wɔn mfomso ne wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa ho,+ na mede wɔn mfomso ne wɔn bɔne a wɔayɛ atia me, ne wɔn mmarato a etia me nyinaa bɛkyɛ wɔn.+ 9 Na kurow yi din bɛma madi ahurusi, na ama wɔayi me ayɛ, na wɔahyɛ me anuonyam* wɔ aman a wɔbɛte papa a mayɛ wɔn no nyinaa anim.+ Na papa a mɛyɛ kurow no ne asomdwoe a mɛma anya nti,+ aman no besuro na wɔn ho apopo.’”+

10 “Nea Yehowa aka ni: ‘Kurow yi a mobɛka sɛ asɛe a onipa ne nyɛmmoa nni hɔ bio, Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn a adeda mpan a nnipa nni hɔ na obi nte hɔ na nyɛmmoa nni hɔ no, 11 wɔbɛsan ate ahurusi nnyigyei ne osebɔ nnyigyei,+ ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne, ne nkurɔfo nne a ɛbɛka sɛ: “Monna asafo Yehowa ase, efisɛ Yehowa ye,+ na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa!”’+

“‘Wɔde aseda afɔre bɛba Yehowa fi,+ efisɛ mɛsan de asaase no sofo a wɔakyere wɔn kɔ no aba sɛ kan no,’ Yehowa asɛm ni.”

12 “Nea asafo Yehowa aka ni: ‘Asaase a asɛe a nnipa ne nyɛmmoa nni so yi ne ne nkurow nyinaa mu no, nguanhwɛfo bɛsan anya adidibea ama wɔn mmoa adeda hɔ.’+

13 “‘Mmepɔw so nkurow ne nkurow a ɛdeda fam ne anaafo nkurow ne Benyamin asaase ne Yerusalem ho nkurow+ ne Yuda nkurow mu no,+ nguan bɛsan afa nea ɔkan wɔn no nsa ase bio,’ Yehowa na waka.”

14 “‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na ɛbɔ a mahyɛ Israel fi ne Yuda fi sɛ mɛyɛ adepa ama wɔn no, mɛma aba mu.+ 15 Saa nna no mu ne saa bere no, mɛma trenee dua bi afefɛw* ama Dawid,+ na obebu atɛntrenee na wayɛ adetrenee wɔ asaase no so.+ 16 Saa nna no mu no, wobegye Yuda,+ na Yerusalem bɛtena ase dwoodwoo.+ Na edin a wɔde bɛfrɛ no ne: Yehowa Ne Yɛn Trenee.’”+

17 “Na nea Yehowa aka ni, ‘Daa Dawid aseni na ɔbɛtena Israel fi ahengua so.+ 18 Na Lewifo asɔfo no nso, daa wobenya onipa a obegyina m’anim abɔ ɔhyew afɔre, na wahyew aduan afɔre, na wabɔ afɔre.’”

19 Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bio sɛ: 20 “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mubetumi asɛe m’apam a ɛfa adekyee ho, ne m’apam a ɛfa adesae ho, na adekyee ne adesae amma bere a ɛsɛ sɛ ɛba a,+ 21 ɛnde me nso mebu me ne m’akoa Dawid apam no so,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrennya ɔbabarima a ɔbɛtena n’ahengua so adi hene;+ saa ara na anka mebu me ne Lewifo asɔfo a wɔsom me no apam no so.+ 22 Sɛnea wontumi nkan ɔsoro asafo, na wontumi nsusuw mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefo* ne Lewifo a wɔsom me no ayɛ bebree.’”

23 Na Yehowa asɛm san baa Yeremia nkyɛn sɛ: 24 “Wontee sɛ nkurɔfo yi reka sɛ, ‘Mmusua abien a Yehowa apaw wɔn no, ɔbɛpo wɔn’ anaa? Nkurɔfo no abu me ara me man animtiaa, na wommu wɔn sɛ ɔman bio.

25 “Nea Yehowa aka ni: ‘Sɛnea m’apam a ɛfa adekyee ne adesae ho rentwam,+ na me mmara* a ɛfa ɔsoro ne asaase ho nso rentwam no,+ 26 saa ara na merempo Yakob ne m’akoa Dawid asefo* da. Na sɛnea ɛte biara, mɛfa n’asefo* ama wɔadi Abraham ne Isak ne Yakob asefo* so. Efisɛ mɛboaboa wɔn nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano,+ na mehu wɔn mmɔbɔ.’”+

34 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛbae bere a Babilon hene Nebukadnesar* ne n’asraafo nyinaa, ne asaase so ahenni a ɛhyɛ n’ase nyinaa, ne aman nyinaa, bɛtow hyɛɛ Yerusalem ne ne nkurow nyinaa so ne wɔn bɛkoe no.+ Asɛm no ni:

2 “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Kɔ Yuda hene Sedekia+ nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ mede kurow yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde ogya ahyew.+ 3 Na worentumi nguan mfi ne nsam, efisɛ nea ɛte biara wɔbɛkyere wo, na wɔde wo ahyɛ ne nsa.+ Wode w’ani behu Babilon hene, na ɔne wo akasa, na wobɛkɔ Babilon.’+ 4 Nanso tie Yehowa asɛm, O Yuda hene Sedekia, ‘Nea Yehowa aka afa wo ho ni: “Ɛnyɛ sekan na ebekum wo. 5 Asomdwoe mu na wubewu,+ na wɔbɛhyew aduhuam ama wo sɛnea wɔhyew bi maa w’agyanom, ahemfo a wodii wo kan no. Na wobesu wo sɛ, ‘Ao yɛn wura!’ efisɛ ‘me na maka asɛm yi,’ Yehowa asɛm ni.”’”’”

6 Ɛnna odiyifo Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yuda hene Sedekia wɔ Yerusalem. 7 Saa bere no, na Babilon hene asraafo ne Yerusalem ne Yuda nkurow a aka nyinaa,+ kyerɛ sɛ, Lakis+ ne Aseka+ reko; efisɛ nkurow yi nko ara ne Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban a na aka.

8 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛbae bere a Ɔhene Sedekia ne Yerusalemfo nyinaa yɛɛ apam sɛ wɔmma obiara mfa ne ho nni,+ 9 na obiara mma ne nkoa a wɔyɛ Hebrifo, mmarima ne mmea nyinaa, mfa wɔn ho nni, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara remfa ne nua Yudani nyɛ n’akoa bio. 10 Enti mpanyimfo no ne ɔman no nyinaa tiei. Ná wɔayɛ apam sɛ obiara mma ne nkoa ne ne mfenaa mfa wɔn ho nni, na wɔmmfa wɔn nnyɛ nkoa bio. Wotiei, na wogyaa wɔn ma wɔkɔe. 11 Nanso akyiri yi, wɔsan kɔfaa nkoa ne mfenaa a na wɔagyaa wɔn no bae, na wɔhyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ nkoa bio. 12 Ɛno nti Yehowa asɛm fi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ:

13 “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Me ne mo agyanom yɛɛ apam+ ɛda a miyii wɔn fii Egypt asaase so, fii nkoafi hɔ no.+ Mekae sɛ: 14 “Obiara a wɔbɛtɔn ne nua Hebrini ama no no, sɛ ɔsom wo mfe asia a, afe a ɛto so ason no, ma ɔmfa ne ho nni; gyaa no ma ɔnkɔ.”+ Nanso mo agyanom antie, na wɔanyɛ aso amma me. 15 Mo de, nnansa yi ara,* mosesaa mo adwene, na moyɛɛ nea ɛteɛ wɔ m’ani so. Momaa mo nkoa faa wɔn ho dii, na moyɛɛ apam wɔ m’anim wɔ ofi a me din da so no mu. 16 Nanso mosan sesaa mo adwene, na muguu me din ho fĩ,+ efisɛ mutwaa mo ho kɔfaa nkoa ne mfenaa a mugyaa wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nni sɛnea wɔpɛ* no, na mosan hyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ nkoa.’

17 “Ne saa nti, nea Yehowa aka ni: ‘Moantie me amma mo nkoa amfa wɔn ho anni, na mo mu biara annyaa ne nua anaa ne yɔnko.+ Ɛno nti,’ Yehowa asɛm ni, ‘me ara mɛrebɛma mo ahofadi. Mede mo rebɛma sekan ne nsanyare a edi awu* ne ɔkɔm,+ na mɛma moadan biribi a ɛyɛ hu ama asaase so ahenni nyinaa.+ 18 Na mmarima a wɔabu m’apam so a wɔanni apam a me ne wɔn yɛe no mu nsɛm so, apam a wɔyɛe wɔ m’anim bere a wɔpaee nantwi ba mu abien na wɔfaa ɔfã ne ɔfã no ntam no,+ 19 kyerɛ sɛ, Yuda mpanyimfo ne Yerusalem mpanyimfo ne ahemfi mpanyimfo ne asɔfo ne asaase no sofo nyinaa, wɔn a wɔfaa nantwi ba a wɔapae mu no ntam no: 20 Mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no nsa, na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asaase so mmoa.+ 21 Na mede Yuda hene Sedekia ne ne mpanyimfo bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no nsa ne Babilon hene asraafo a wɔresan wɔn akyi akɔ no nsa.’+

22 “‘Hwɛ, mede ahyɛde bi bɛma,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mede wɔn bɛsan aba kurow yi so bio, na wɔne kurow yi bɛko, na wɔbɛfa na wɔde ogya atom;+ na mɛma Yuda nkurow asɛe a obiara rentena mu.’”+

35 Asɛm a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no nna no mu ni: 2 “Kɔ Rekabfo no fi,+ na wo ne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra Yehowa fi, na fa wɔn kɔ adidibea no baako mu, na ma wɔn nsã nnom.”

3 Enti mefaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mma mmarima nyinaa ne Rekabfo fifo nyinaa, 4 na mede wɔn baa Yehowa fi hɔ. Na mede wɔn kɔɔ nokware Nyankopɔn no nipa, Hanan, Yigdalia ba no mma adidibea hɔ, nea ɛwɔ mpanyimfo no adidibea a ɛwɔ ɔpon ano hwɛfo Salum ba Maaseia adidibea atifi no nkyɛn hɔ no. 5 Ɛnna mede nkuruwa a nsã ayeyɛ no ma ne bobesa nkuruwa sisii Rekabfo fifo no anim, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnom nsã.”

6 Nanso wɔkae sɛ: “Yɛrennom nsã, efisɛ yɛn agya Rekab ba Yehonadab*+ hyɛɛ yɛn sɛ, ‘Mo ne mo mma nyinaa, monnnom nsã da. 7 Munnsi dan, munnnua aba, monnyɛ bobefuw,* na ɛnsɛ sɛ munya bobefuw nso. Mmom, montena ntamadan mu daa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛtena ase akyɛ wɔ asaase a moyɛ ahɔho wɔ so no so.’ 8 Ɛno nti, nea yɛn agya Rekab ba Yehonadab ka kyerɛɛ yɛn no nyinaa, yɛda so ara di so. Enti yɛne yɛn yerenom ne yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmea nyinaa, yɛmfaa nsã biara nkaa yɛn ano da. 9 Na yensisi adan ntena mu, na yenni bobe mfuw anaa nsaase anaa aba. 10 Yɛakɔ so atena ntamadan mu, na yɛatie nea yɛn agya Yehonadab* ka kyerɛɛ yɛn no nyinaa. 11 Nanso bere a Babilon hene Nebukadnesar* foro bɛtow hyɛɛ asaase no so no,+ yɛkae sɛ, ‘Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem, na yenguan Kaldeafo asraafo ne Siriafo asraafo no,’ enti seesei yɛte Yerusalem.”

12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 13 “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Kɔ na kobisa Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: “Mantu mo fo daa sɛ muntie m’asɛm?”+ Yehowa asɛm ni. 14 “Rekab ba Yehonadab ka kyerɛɛ n’asefo sɛ wɔnnnom nsã, na wɔadi n’asɛm so, na ɛde besi nnɛ nyinaa wɔnnom nsã; wɔayɛ saa de adi wɔn agya ahyɛde so.+ Nanso, me de, mekasa kyerɛɛ mo mpɛn pii,* nanso moantie me.+ 15 Na mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn; mesomaa wɔn mpɛn pii*+ bɛka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mepa mo kyɛw, obiara nsan mfi ne kwammɔne so+ na monyɛ adepa! Munnkodi anyame foforo akyi, na monnsom wɔn. Sɛ mutie me a, mobɛtena asaase a mede maa mo ne mo agyanom no so daa.’+ Nanso moanyɛ aso amma me, na moantie me. 16 Rekab ba Yehonadab asefo no adi wɔn agya ahyɛde a ɔde maa wɔn no so,+ nanso ɔman yi de, wɔantie me.”’”

17 “Enti nea Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka ni: ‘Hwɛ, mmusu a meka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalemfo nyinaa sɛ wɔantie me a, mede bɛba wɔn so no, mede ne nyinaa bɛba wɔn so,+ efisɛ mekasa kyerɛɛ wɔn, na wɔantie; mefrɛɛ wɔn daa, nanso wɔannye me so.’”+

18 Na Yeremia ka kyerɛɛ Rekab fifo no sɛ: “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Esiane sɛ moatie mo agya Yehonadab ahyɛde, na moakɔ so adi n’ahyɛde nyinaa so, na moyɛ nea ɔkae sɛ monyɛ nyinaa nti, 19 nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Daa wobenya Rekab ba Yehonadab* aseni a obegyina m’anim asom me.”’”

36 Na Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no ahenni afe a ɛto so anan mu no, Yehowa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn sɛ: 2 “Fa nhoma mmobɔwee, na kyerɛw nsɛm yi nyinaa wom, nsɛm a meka kyerɛɛ wo a etia Israel ne Yuda+ ne aman no nyinaa,+ efi da a edi kan a me ne wo kasae wɔ Yosia bere so besi nnɛ no.+ 3 Sɛ Yuda fi te mmusu a mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no nyinaa a, ebia wɔbɛsan afi wɔn akwammɔne so, na mede wɔn mfomso ne wɔn bɔne akyɛ wɔn.”+

4 Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk,+ na Yeremia kaa nsɛm a Yehowa aka akyerɛ no no nyinaa, na Baruk kyerɛwee wɔ nhoma mmobɔwee no mu.+ 5 Na Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Me de, wɔaka me ahyɛ dan mu. Mintumi nkɔ Yehowa fi hɔ. 6 Enti wo na wobɛkɔ hɔ akɔkenkan Yehowa nsɛm a meka ma wokyerɛwee wɔ nhoma mmobɔwee mu no; wobɛkenkan no den. Kenkan wɔ Yehowa fi hɔ ma nkurɔfo no nte, ɛda a wɔbɛyɛ akɔnkyen* no. Ɛbɛma woakenkan akyerɛ Yudafo a wofi wɔn nkurow mu ba hɔ no nyinaa. 7 Ebia Yehowa betie wɔn nkotosrɛ, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, efisɛ Yehowa abufuw ne n’abufuhyew a waka sɛ ɔde bɛba ɔman yi so no so.”

8 Enti Neria ba Baruk yɛɛ nea odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ no no nyinaa; ɔkenkan Yehowa nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no den wɔ Yehowa fi hɔ.+

9 Na Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no ahenni afe a ɛto so anum, bosome a ɛto so akron mu no, Yerusalemfo nyinaa ne nkurɔfo a wofi Yuda nkurow mu baa Yerusalem no nyinaa yɛɛ akɔnkyen wɔ Yehowa anim.+ 10 Ɛnna Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no den wɔ Yehowa fi hɔ maa nkurɔfo no nyinaa tee. Ɔkenkanee wɔ ɔkyerɛwfo Safan ba+ Gemaria+ adidibea a ɛwɔ atifi fam no adiwo hɔ, wɔ Yehowa fi pon foforo no ano.+

11 Bere a Safan ba Gemaria ba Mikaia tee Yehowa nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no nyinaa no, 12 osian kɔɔ ɔhene no fi,* na ɔkɔɔ ɔkyerɛwfo no adidibea hɔ. Ná mpanyimfo* no nyinaa tete hɔ: Ɔkyerɛwfo Elisama+ ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba+ Elnatan+ ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mpanyimfo a aka no nyinaa. 13 Na nsɛm a Mikaia tee sɛ Baruk rekenkan no den afi nhoma mmobɔwee no mu ama nkurɔfo no ate no, ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn.

14 Ɛnna mpanyimfo no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi kɔɔ Baruk nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nhoma mmobɔwee a wokenkan emu nsɛm maa ɔman no tee no, na bra.” Enti Neria ba Baruk faa nhoma mmobɔwee no kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn. 15 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, tena ase na kenkan no den kyerɛ yɛn.” Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn.

16 Bere a wɔtee nsɛm yi nyinaa ara pɛ, obiara de akomatu hwɛɛ ne yɔnko anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” 17 Ɛnna wobisaa Baruk sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ka nea ɛyɛe a wokyerɛw nsɛm yi nyinaa kyerɛ yɛn. Ɔno na ɔka ma wokyerɛwee anaa?” 18 Na Baruk ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔde n’ano na ɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ me, ɛnna me nso mede adubiri kyerɛwee wɔ nhoma mmobɔwee yi mu.” 19 Na mpanyimfo no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Kɔ na fa wo ho kosie, wo ne Yeremia nyinaa, na mommma obiara nnhu baabi a mowɔ.”+

20 Afei wɔkɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ adiwo hɔ, na wɔde nhoma mmobɔwee no kɔtoo ɔkyerɛwfo Elisama adidibea hɔ, na wɔkaa nsɛm a wɔate no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.

21 Ɛnna ɔhene somaa Yehudi+ sɛ ɔnkɔfa nhoma mmobɔwee no mmra. Enti ɔkɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama adidibea hɔ bae. Na Yehudi kenkan maa ɔhene ne mpanyimfo a wogyinagyina ɔhene ho no nyinaa tee. 22 Ná ɔhene te awɔw bere dan mu, bosome a ɛto so akron* no mu, na na ade a wɔasɔ ogya wɔ mu si n’anim. 23 Sɛ Yehudi kenkan nkrataa abiɛsa anaa anan biara a, na ɔhene no de ɔkyerɛwfo sekan atwitwa baabi a wɔakenkan no agu ade a wɔasɔ ogya wɔ mu no mu. Ɔyɛɛ saa ara kosii sɛ ɔhyew nhoma mmobɔwee no nyinaa wɔ ogya no mu. 24 Wɔansuro, na ɔhene ne ne nkoa a wɔka ne ho a wɔtee nsɛm yi nyinaa nso, obiara ansuan n’ataade mu. 25 Elnatan+ ne Delaia+ ne Gemaria+ paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhyew nhoma mmobɔwee no, nanso wantie wɔn. 26 Afei ɔhene no ka kyerɛɛ ɔhene ba Yerahmeel ne Asrel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔkyere ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia mmra; nanso Yehowa de wɔn siei.+

27 Na bere a ɔhene hyew nsɛm a Yeremia ka maa Baruk kyerɛwee wɔ nhoma mmobɔwee so wiei no, Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bio+ sɛ: 28 “Fa nhoma mmobɔwee foforo, na kyerɛw nhoma mmobɔwee a edi kan no mu nsɛm nyinaa wɔ so, nea Yuda hene Yehoiakim hyew no no.+ 29 Na ka asɛm yi tia Yuda hene Yehoiakim sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Woahyew nhoma mmobɔwee yi, na woaka sɛ, ‘Adɛn nti na woakyerɛw wɔ so sɛ: “Sɛnea ɛte biara, Babilon hene bɛba abɛsɛe asaase yi na wasɛe nnipa ne mmoa a ɛwɔ so nyinaa”?’+ 30 Ɛno nti, nea Yehowa aka atia Yuda hene Yehoiakim ni, ‘Ɔrennya obi a ɔbɛtena Dawid ahengua so,+ na ne funu nso, wobegyaw ato abɔnten, na ɔhyew aka no awia, na awɔw afa so anadwo.+ 31 Na ɔno ne n’asefo* ne ne nkoa nso, wɔn bɔne a wɔayɛ no, metua wɔn ka, na mmusu biara a maka sɛ mede bɛba wɔn so ne Yerusalemfo so ne Yuda mmarima so no, mede bɛba,+ nanso wɔantie.’”’”+

32 Na Yeremia faa nhoma mmobɔwee foforo, na ɔde maa Neria ba ɔkyerɛwfo Baruk.+ Na Yeremia kaa nsɛm a na ɛwɔ nhoma mmobɔwee a Yuda hene Yehoiakim de ogya hyewee no mu no.+ Na ɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno kaa ho.

37 Na Yosia ba Ɔhene Sedekia+ besii Yehoiakim ba Konia*+ anan, na ofii ase dii ade, efisɛ Babilon hene Nebukadnesar* sii no hene wɔ Yuda asaase so.+ 2 Nanso ɔno ne ne nkoa ne asaase no so nnipa antie Yehowa asɛm a ɔnam odiyifo Yeremia so kae no.

3 Na Ɔhene Sedekia somaa Selemia+ ba Yehukal ne ɔsɔfo Maaseia ba Sefania+ kɔɔ odiyifo Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn.” 4 Saa bere no, na Yeremia tumi kɔ baabiara a ɔpɛ wɔ ɔman no mu, efisɛ na wonnya mfaa no ntoo afiase.+ 5 Ná Farao asraafo asim fi Egypt reba,+ na Kaldeafo a na wɔabetwa Yerusalem ho ahyia no tee ho asɛm. Enti wofii Yerusalem kɔe.+ 6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: 7 “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bebisaa asɛm wɔ me hɔ no sɛ: “Hwɛ! Farao asraafo a wɔreba abɛboa mo no, wɔbɛsan akɔ Egypt, wɔn asaase no so.+ 8 Na Kaldeafo no bɛsan aba, na wɔne kurow yi bɛko, na wɔbɛfa, na wɔde ogya ahyew.”+ 9 Nea Yehowa aka ni, “Monnnaadaa mo ho* nnka sɛ, ‘Sɛnea ɛte biara, Kaldeafo no befi yɛn so akɔ,’ efisɛ wɔrenkɔ. 10 Sɛ mukunkum Kaldeafo asraafo a wɔne mo reko no nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafo mpo a, wɔbɛsɔre afi wɔn ntamadan mu na wɔde ogya abɛhyew kurow yi.”’”+

11 Bere a Farao asraafo nti, Kaldeafo asraafo twee wɔn ho fii Yerusalem kɔe no,+ 12 Yeremia siim wɔ Yerusalem sɛ ɔrekɔ Benyamin asaase so+ na wakogye ne kyɛfa wɔ ne nkurɔfo mu. 13 Nanso bere a oduu Benyamin Pon no ano no, awɛmfo so panyin a ɔwɔ hɔ a wɔfrɛ no Yiria, Hanania ba Selemia ba no soo odiyifo Yeremia mu, na ɔkae sɛ: “Woreguan akɔ Kaldeafo no nkyɛn!” 14 Na Yeremia kae sɛ: “Ɛnyɛ nokware! Ɛnyɛ Kaldeafo nkyɛn na mereguan akɔ.” Nanso Yiria antie no. Ɛnna ɔkyeree Yeremia, na ɔde no kɔmaa mpanyimfo no. 15 Mpanyimfo no bo fuw Yeremia,+ na wɔhwee no, na wɔde no kɔtoo afiase*+ wɔ ɔkyerɛwfo Yehonatan fi, efisɛ na wɔde hɔ ayɛ afiase. 16 Wɔde Yeremia kɔtoo afiase,* amoa mu hɔ, na ɔdaa hɔ nna pii.

17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm kokoam wɔ ne fi* hɔ.+ Obisaa no sɛ: “Woate asɛm bi afi Yehowa hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kae sɛ: “Yiw!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+

18 Ɛnna Yeremia bisaa Ɔhene Sedekia sɛ: “Bɔne bɛn koraa na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi a enti mode me ato afiase yi? 19 Mo adiyifo a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ, ‘Babilon hene remma mo so, na wɔremma asaase yi so’ no, ɛhe na wɔwɔ?+ 20 Enti afei me wura ɔhene, mepa wo kyɛw tie. Mesrɛ wo, yɛ m’abisade yi ma me. Nsan mfa me nkɔ ɔkyerɛwfo Yehonatan fi+ hɔ, anyɛ saa a, mewu wɔ hɔ.”+ 21 Enti Ɔhene Sedekia kae sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto afiase wɔ Awɛmfo Aban no mu.+ Na wɔmaa no paanoo nkuruwankuruwa a efi paanootofo borɔn so daa+ kosii sɛ kurow no mu paanoo nyinaa sae.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfo Aban no mu hɔ.

38 Na Matan ba Sefatia, ne Pasur ba Gedalia, ne Selemia ba Yukal,+ ne Malkiya ba Pasur+ tee nsɛm a Yeremia reka kyerɛ ɔman no nyinaa no. Ná ɔreka sɛ: 2 “Nea Yehowa aka ni, ‘Onipa a ɔbɛtena kurow yi mu no, sekan ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu* bekum no.+ Na nea ɔde ne ho bɛkɔ akɔma Kaldeafo no de, obenya nkwa; obenya ne nkwa* sɛ asade* na ɔbɛtena ase.’+ 3 Nea Yehowa aka ni, ‘Nea ɛte biara, wɔde kurow yi bɛhyɛ Babilon hene asraafo nsa, na ɔbɛfa.’”+

4 Na mpanyimfo no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma wonkum ɔbarima yi,+ efisɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ asraafo a wɔaka wɔ kurow yi mu ne ɔman no nyinaa no rebu wɔn aba mu.* Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoe, na mmom mmusu na ɔrepɛ ama ɔman yi.” 5 Ɔhene Sedekia kae sɛ: “Hwɛ! Ɔwɔ mo nsam, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara nsiw mo kwan.”

6 Enti wɔfaa Yeremia tow no kyenee ɔhene ba Malkiya abura a ɛwɔ Awɛmfo Aban mu no mu.+ Wɔde nhama susoo Yeremia mu gyaagyaa no too mu. Ná nsu nni abura no mu; atɛkyɛ nko ara na na ɛwɔ mu, na Yeremia fii ase sɛ ɔremem wɔ atɛkyɛ no mu.

7 Etiopiani Ebed-Melek+ a na ɔyɛ ahemfi panyin* a ɔwɔ ahemfi no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura mu. Saa bere no, na ɔhene no te Benyamin Pon no ano.+ 8 Enti Ebed-Melek pue fii ɔhene fi* hɔ, na ɔne ɔhene kɔkasae sɛ: 9 “O me wura ɔhene, nea mmarima yi de ayɛ odiyifo Yeremia no yɛ bɔne kɛse paa! Wɔatow no akyene abura mu, na ɔkɔm no nti obewu wɔ hɔ, efisɛ aduan biara nni kurow yi mu.”+

10 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Etiopiani Ebed-Melek sɛ: “Fa mmarima 30 wɔ ha ka wo ho, na munkoyi odiyifo Yeremia mfi abura no mu na wanwu.” 11 Enti Ebed-Melek faa mmarima a wɔka ne ho no, na wɔkɔɔ ɔhene fi* hɔ, na wɔkɔɔ adekoradan no ase+ kɔsesaw ntamagow ne ntama dedaw fii hɔ, na ɔde nhama susoo mu gyaagyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu. 12 Ɛnna Etiopiani Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mepa wo kyɛw, fa ntamagow ne ntama a wɔatetew mu yi hyehyɛ wo mmɔtoam na nhama no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa. 13 Ɛnna wɔde nhama no twetwee Yeremia yii no fii abura no mu. Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfo Aban no mu.+

14 Na ɔhene Sedekia soma kɔfaa odiyifo Yeremia baa ne nkyɛn wɔ abobow ano kwan a ɛto so abiɛsa no ano wɔ Yehowa fi hɔ. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mepɛ sɛ mibisa wo asɛm bi. Mfa biribiara nsie me.” 15 Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Sɛ meka kyerɛ wo a, nea ɛte biara wubekum me. Na sɛ mitu wo fo nso a, worentie.” 16 Enti Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam wɔ kokoam sɛ: “Sɛ́ Yehowa a wama yɛn nkwa* yi te ase yi, merenkum wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum wo* no nsa.”

17 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Nea Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Sɛ wode wo ho kɔma Babilon hene mpanyimfo no a, worenwu,* na wɔremfa ogya nhyew kurow yi, na wo ne wo fifo nso bɛtena nkwa mu.+ 18 Na sɛ woamfa wo ho ankɔma Babilon hene mpanyimfo no a, ɛnde wɔde kurow yi bɛhyɛ Kaldeafo nsa, na wɔde ogya bɛhyew,+ na worentumi nguan mfi wɔn nsam.’”+

19 Ɛnna Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Misuro Yudafo a wɔadan kɔ Kaldeafo no afã no. Sɛ wɔde me hyɛ wɔn nsa a, anhwɛ a wɔne me bedi no nwenweenwene.” 20 Na Yeremia kae sɛ: “Wɔremfa wo nhyɛ wɔn nsa. Mepa wo kyɛw, tie Yehowa asɛm a mereka akyerɛ wo yi, na ebesi wo yiye ama woakɔ so* atena nkwa mu. 21 Na sɛ woamfa wo ho ankɔma wɔn a, nea Yehowa ayi akyerɛ me ni: 22 Hwɛ! mmea a wɔaka wɔ Yuda hene fi* nyinaa, wɔde wɔn bepue akɔma Babilon hene mpanyimfo,+ na wɔbɛka sɛ,

‘Nnipa a wode wo ho too wɔn so no* adaadaa wo, na wɔadi wo so.+

Wɔama wo nan amem wɔ atɛkyɛ mu.

Na wɔadan wɔn ho kɔ.’

23 Na wɔde wo yerenom ne wo mma nyinaa bepue akɔma Kaldeafo no, na worentumi nguan mfi wɔn nsam. Babilon hene bɛkyere wo,+ na wo nti, wɔde ogya bɛhyew kurow yi.”+

24 Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mma obiara nnte asɛm yi ho hwee, na woanwu. 25 Na sɛ mpanyimfo no te sɛ me ne wo akasa, na wɔba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ, ‘Yɛsrɛ wo, ka asɛm a woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, mfa hwee nsie yɛn, na yɛrenkum wo,’+ na sɛ wobisa wo sɛ ‘ɛdɛn na ɔhene ka kyerɛɛ wo?’ a, 26 ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Adesrɛ na mede kɔtoo ɔhene anim sɛ ɔnnsan mmfa me nnkɔ Yehonatan fi hɔ bio na manwu wɔ hɔ.’”+

27 Akyiri yi, mpanyimfo no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bebisabisaa no nsɛm. Na ɔkaa asɛm a ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Enti wɔne no anka hwee bio, efisɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔ no. 28 Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfo Aban no mu hɔ kosii da a wɔko faa Yerusalem.+ Bere a wɔko faa Yerusalem no, na ɔda so wɔ hɔ.+

39 Yuda hene Sedekia afe a ɛto so akron, bosome a ɛto so du no, Babilon hene Nebukadnesar* ne n’asraafo nyinaa baa Yerusalem, na wobetwaa ho hyiae.+

2 Sedekia ahenni afe a ɛto so 11 mu, bosome a ɛto so anan, bosome no da a ɛto so akron no, wobuu kurow no afasu guu mu.+ 3 Na Babilon hene mpanyimfo nyinaa wuraa mu, na wɔkɔtenatenaa Mfinimfini Pon no mu.+ Wɔn ne: Nergal-Sareser a ɔyɛ Samgar no, Nebo-Sarsekim a ɔyɛ Rabsaris* no, Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag* no, ne Babilon hene mpanyimfo a aka nyinaa.

4 Bere a Yuda hene Sedekia ne asraafo no nyinaa huu wɔn no, woguanee.+ Wofii kurow no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔfaa ɔhene turo no mu, ɛnna wɔkɔfaa ɔpon a ɛda afasu abien no ntam no mu, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ 5 Nanso Kaldeafo asraafo no taa wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia wɔ Yeriko sare so.+ Wɔkyeree no de no foro kɔmaa Babilon hene Nebukadnesar* wɔ Ribla,+ Hamat asaase so,+ na ɛhɔ na obuu no atɛn. 6 Na Babilon hene ma wokunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim wɔ Ribla hɔ, na Babilon hene ma wokunkum Yuda adehye nyinaa nso.+ 7 Afei ɔsɛee Sedekia ani maa n’ani furae. Owiei no, ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon.+

8 Na Kaldeafo no hyew ɔhene fi* no ne ɔmanfo no afi,+ na wodwiriw Yerusalem afasu no gui.+ 9 Na awɛmfo so panyin Nebusaradan+ faa ɔmanfo a wɔaka wɔ kurow no mu, ne wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no, ne wɔn a wɔkae nyinaa, na ɔde wɔn kɔɔ Babilon.

10 Nanso awɛmfo so panyin Nebusaradan gyaw ɔman no mu ahiafo a wonni hwee no bi wɔ Yuda asaase no so. Saa da no, ɔmaa wɔn bobe mfuw ne nsaase a wɔbɛyɛ so adwuma.*+

11 Na Babilon hene Nebukadnesar* kaa nea wɔnyɛ Yeremia kyerɛɛ awɛmfo so panyin Nebusaradan. Ɔkae sɛ: 12 “Momfa no na monhwɛ no; monnyɛ no bɔne biara. Nea obebisa mo biara, momfa mma no.”+

13 Enti awɛmfo so panyin Nebusaradan ne Nebusasban a ɔyɛ Rabsaris,* ne Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag* ne Babilon hene atitiriw nyinaa soma 14 ma wɔkɔfaa Yeremia fii Awɛmfo Aban no mu hɔ+ na wɔde no maa Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ sɛ ɔmfa no nkɔ ne fi. Enti ɔtenaa nkurɔfo no mu.

15 Bere a Yeremia da so da Awɛmfo Aban no mu hɔ no,+ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: 16 “Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-Melek+ sɛ, ‘Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Hwɛ, mmusu a mekae sɛ mede bɛba kurow yi so no, merema aba mu, na ɛrensi wɔn yiye; na saa da no, wubehu sɛ asi.”’

17 “‘Nanso saa da no, megye wo,’ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔremfa wo mma nnipa a wusuro wɔn no.’

18 “‘Efisɛ sɛnea ɛte biara, meyi wo afi mu, na worenwu wɔ sekan ano. Wubenya wo nkwa* sɛ asade,*+ efisɛ wode wo ho too me so,’+ Yehowa asɛm ni.”

40 Asɛm fi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a awɛmfo so panyin Nebusaradan+ gyaa no wɔ Rama+ sɛ ɔmfa ne ho nni no. Bere a ɔkɔfaa Yeremia baa hɔ no, na wɔde abankaba agu no, na na ɔka Yerusalemfo ne Yudafo a na wɔatu wɔn ase de wɔn rekɔ Babilon no nyinaa ho. 2 Afei awɛmfo so panyin no de Yeremia gyinaa nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn no na ɔkae sɛ mmusu bɛba ɔman yi so, 3 na Yehowa ama aba mu sɛnea ɔkae no, efisɛ moayɛ Yehowa bɔne, na moantie n’asɛm. Ɛno nti na asɛm yi ato mo no.+ 4 Ɛnnɛ, mereyi abankaba a egu wo nsa no. Sɛ wopɛ sɛ wo ne me kɔ Babilon a, ma yɛnkɔ, na mɛhwɛ wo. Na sɛ wompɛ sɛ wo ne me kɔ Babilon a, ɛnde san. Hwɛ! Asaase no nyinaa da w’anim. Baabiara a wopɛ sɛ wokɔ biara, kɔ.”+

5 Bere a Yeremia da so gyina hɔ a onnya nsan n’akyi no, Nebusaradan kae sɛ: “San kɔ Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ a Babilon hene de no asi Yuda nkurow so no nkyɛn, na tena ne nkyɛn wɔ nkurɔfo no mu, anaa baabiara a wopɛ sɛ wokɔ biara, kɔ.”

Na awɛmfo so panyin no maa no aduan ne akyɛde, na ɔma ɔkɔe. 6 Enti Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa,+ na ɔne no tenaa nkurɔfo a wogyaw wɔn wɔ asaase no so no mu.

7 Akyiri yi, asahene a wɔwɔ asaase no so nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene de Ahikam ba Gedalia asi asaase no so panyin, na wayɛ no panyin wɔ ahiafo a wɔwɔ asaase no so no so, mmarima ne mmea ne mmofra nkumaa a wɔamfa wɔn ankɔ Babilon no nyinaa.+ 8 Enti wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa.+ Wɔn a wɔbae ni: Netania ba Ismael,+ Karea mma Yohanan ne Yonatan,+ Tanhumet ba Seraia, Netofani Efai mma no, ne Maakatni no ba Yesania,+ wɔne wɔn mmarima. 9 Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa ntam kyerɛɛ wɔne wɔn mmarima no sɛ: “Munnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafo no. Montena asaase no so na monsom Babilon hene, na ebesi mo yiye.+ 10 Me de, mɛtena Mispa, na Kaldeafo a wɔbɛba yɛn nkyɛn no, mesi mo anan wɔ wɔn anim.* Na mo de, mommoaboa bobesa ne ahohuru bere mu nnuaba ne ngo ano, na momfa ngu nneɛma a mokora ade wom no mu, na montena nkurow a moafa no mu.”+

11 Na Yudafo a na wɔwɔ Moab ne Ammon ne Edom nyinaa ne nsaase a aka no so no nyinaa tee sɛ Babilon hene agyaw nnipa bi sɛ wɔntena Yuda, na ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so. 12 Enti Yudafo no nyinaa fii mmeae a wɔbɔɔ wɔn hwetee no nyinaa san baa Yuda asaase so, na wɔkɔɔ Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Na wɔboaboaa bobesa ne ahohuru bere mu nnuaba bebree ano.

13 Karea ba Yohanan ne asahene a wɔwɔ asaase no so nyinaa baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. 14 Na wobisaa no sɛ: “Wunnim sɛ Ammonfo+ hene Baalis asoma Netania ba Ismael sɛ ommekum wo?”*+ Nanso Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni.

15 Ɛnna Karea ba Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kokoam wɔ Mispa sɛ: “Mepɛ sɛ mekɔ na mikokum Netania ba Ismael, na obiara renhu. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ okum wo,* na adɛn nti na ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔaboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn no nyinaa hwete na Yudafo a aka no ase hyew?” 16 Nanso Ahikam ba Gedalia+ ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: “Nyɛ saa, efisɛ nea woreka afa Ismael ho no nyɛ nokware.”

41 Bosome a ɛto so ason mu no, Elisama+ ba Netania ba Ismael a ofi adehye abusua* mu a ɔka ɔhene mpanyimfo ho no ne mmarima du baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa.+ Bere a na wɔabom redidi wɔ Mispa no, 2 Netania ba Ismael ne mmarima du a na wɔka ne ho no sɔree, na wɔde sekan kum Safan ba Ahikam ba Gedalia. Enti okum nea na Babilon hene de no asi asaase no so no. 3 Ismael san kunkum Yudafo a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa no nyinaa, na okunkum Kaldeafo asraafo a na wɔwɔ hɔ no nso.

4 Bere a wokum Gedalia no akyi nnanu a na obiara nnim ho hwee no, 5 mmarima 80 fi Sekem+ ne Silo+ ne Samaria+ bae. Ná wɔayi wɔn abogyesɛ, asunsuan wɔn ntaade mu, de ade atwitwa wɔn ho,+ na na wokurakura aduan afɔre ne ɛhyɛ*+ a wɔde reba Yehowa fi. 6 Enti Netania ba Ismael fii Mispa kohyiaa wɔn, na ɔrekɔ nyinaa na ɔresu. Bere a ohyiaa wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn.” 7 Nanso bere a woduu kurow no mu no, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkum wɔn, na wɔtow wɔn guu abura no mu.

8 Nanso wɔn mu mmarima du ka kyerɛɛ Ismael sɛ: “Nkum yɛn, na yɛde hwiit ne baali* ne ngo ne ɛwo pii asie afuw mu.” Enti wankum wɔn anka wɔn nuanom no ho. 9 Na Ismael tow mmarima a okunkum wɔn no nyinaa afunu guu abura kɛse bi mu, nea Israel hene Baasa nti Ɔhene Asa tui no.+ Saa abura no na Netania ba Ismael de mmarima a okunkum wɔn no afunu hyɛɛ no ma.

10 Na Ismael kyeree nnipa a aka wɔ Mispa no nyinaa.+ Wɔn mu bi ne ɔhene mma mmea, ne nnipa a wɔkae wɔ Mispa a awɛmfo so panyin Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no.+ Netania ba Ismael kyeree wɔn, na ɔde wɔn kɔe sɛ ɔrekotwa akɔ Ammonfo nkyɛn.+

11 Bere a Karea ba Yohanan+ ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa tee awurukasɛm* a Netania ba Ismael adi nyinaa no, 12 wɔfaa mmarima no nyinaa, na wɔkɔe sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko. Na wɔkɔtoo no wɔ Gibeon asukɛse* no ho.

13 Bere a nnipa a wɔwɔ Ismael nkyɛn no nyinaa huu Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa no, wɔbɔɔ ose. 14 Na nnipa a na Ismael akyere wɔn afi Mispa no nyinaa+ san wɔn akyi, na wɔne Karea ba Yohanan san kɔe. 15 Na Netania ba Ismael de, ɔne mmarima baawɔtwe guan fii Yohanan anim, na ɔkɔɔ Ammonfo no nkyɛn.

16 Na Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa faa nnipa a aka a wofi Mispa no kaa wɔn ho, wɔn a wogyee wɔn fii Netania ba Ismael nsam bere a okum Ahikam ba Gedalia+ no. Na wɔde mmarima, ne asraafo, ne mmea, ne mmofra, ne ahemfi mpanyimfo no fii Gibeon san bae. 17 Enti wɔkɔe, na wɔkɔtenaa Kimham asoɛe a ɛbɛn Betlehem+ no sɛ wɔrefa so akɔ Egypt+ 18 esiane Kaldeafo no nti. Ná wosuro wɔn, efisɛ na Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babilon hene de no sii asaase no so no.+

42 Ɛnna asahene no nyinaa ne Karea ba Yohanan+ ne Hosaia ba Yesania* ne nnipa no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so bae, 2 na wɔka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, tie yɛn adesrɛ yi, na bɔ Yehowa wo Nyankopɔn mpae ma yɛn, yɛn a yɛaka yi nyinaa. Efisɛ nnipa bebree no, kakraa bi na aka,+ sɛnea wuhu yi. 3 Ma Yehowa wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so ne nea yɛnyɛ.”

4 Ɛnna odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mate nea moaka no, na mɛbɔ Yehowa mo Nyankopɔn mpae sɛnea moaka no. Na mmuae biara a Yehowa de bɛma mo no, mɛka akyerɛ mo. Meremfa asɛm baako mpo nsie mo.”

5 Na wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Akwankyerɛ a Yehowa wo Nyankopɔn bɛsoma ama woabɛka akyerɛ yɛn no, sɛ yɛanni so pɛpɛɛpɛ a, Yehowa ne yɛn dansefo nokwafo a onni huammɔ. 6 Papa oo, bɔne oo, yebetie Yehowa yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo ne nkyɛn no, na asi yɛn yiye, efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn na yetie n’asɛm.”

7 Nnafua du akyi no, Yehowa ne Yeremia kasae. 8 Enti ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho nyinaa ne nnipa no nyinaa bae, efi akumaa so kosi ɔkɛse so.+ 9 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto n’anim no aka ni: 10 ‘Sɛ mokɔ so tena asaase yi so a, me nso mɛma mo so asi hɔ, na merennwiriw mo ngu; medua mo, na merentu mo ase, efisɛ menu me ho* sɛ mede mmusu aba mo so.+ 11 Munnsuro Babilon hene a ne nti moabɔ hu no.’+

“‘Munnsuro no,’ Yehowa asɛm ni, ‘efisɛ meka mo ho, na megye mo na mayi mo afi ne nsam. 12 Na mehu mo mmɔbɔ,+ na ɔno nso behu mo mmɔbɔ na wasan de mo akɔ mo asaase so.

13 “‘Na sɛ moka sɛ: “Daabi, yɛrentena asaase yi so!” na sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, 14 na moka sɛ: “Daabi, Egypt asaase so na yɛbɛkɔ,+ na ɛhɔ de, yɛrenhu ɔko, yɛrente abɛn nnyigyei, na ɔkɔm renne yɛn; ɛhɔ ara na yɛbɛtena” a, 15 ɛnde muntie Yehowa asɛm, O Yudafo a moaka. Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Sɛ moasi mo bo sɛ Egypt na mobɛkɔ, na sɛ mokɔ kɔtena hɔ* ampa a, 16 ɛnde sekan a musuro no, ɛbɛtoa mo wɔ Egypt asaase so hɔ, na ɔkɔm a musuro no, ebedi mo akyi akɔ Egypt, na ɛhɔ na mubewuwu.+ 17 Na wɔn a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ Egypt akɔtena hɔ no nyinaa, sekan ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu* na ebekunkum wɔn. Mmusu a mede reba wɔn so no, obiara remfi mu nka, na obiara rennya ne ti nnidi mu.”’

18 “Na nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: ‘Sɛnea mihwiee m’abufuw ne m’abufuhyew guu Yerusalemfo so no,+ saa ara na sɛ mokɔ Egypt a, mehwie m’abufuhyew agu mo so, na mobɛyɛ nnome, na moadan biribi a ɛyɛ hu, ne abusude, na mo anim begu ase,+ na morenhu ɛha yi bio.’

19 “Yehowa akasa akyerɛ mo, O Yudafo a moaka. Munntu mo nan nnsi Egypt. Munhu paa sɛ mabɔ mo kɔkɔ nnɛ sɛ 20 mo bɔne nti, mode mo nkwa* betwa so. Efisɛ mosomaa me kɔɔ Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ, ‘Bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na asɛm biara a Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka no, ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛyɛ.’+ 21 Maka akyerɛ mo nnɛ, nanso morentie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na nea wasoma ama mabɛka akyerɛ mo nso, morenyɛ mu biara.+ 22 Enti munhu pefee sɛ, sekan ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu na ebekunkum mo wɔ baabi a mopɛ sɛ mokɔ na mokɔtena hɔ no.”+

43 Na Yeremia kaa Yehowa wɔn Nyankopɔn nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ nkurɔfo no nyinaa. Nea Yehowa wɔn Nyankopɔn de somaa no sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn no, wannyaw baako mpo. Bere a owiei no, 2 Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan+ ne mmarima ahantanfo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Asɛm a woreka yi nyɛ nokware! Yehowa yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ bɛka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Munntu mo nan nnsi Egypt nnkɔtena hɔ.’ 3 Neria ba Baruk+ na ɔretutu gu w’asom sɛnea ɛbɛyɛ a wode yɛn bɛma Kaldeafo no, na wɔakunkum yɛn anaa wɔatu yɛn ase akɔ Babilon.”+

4 Enti Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie Yehowa asɛm, na wɔantena Yuda asaase so. 5 Mmom, Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa faa Yudafo a aka no nyinaa kaa wɔn ho, Yudafo a wɔbɔɔ wɔn hwetee aman nyinaa so a na wɔasan aba sɛ wɔrebɛtena Yuda asaase no so no.+ 6 Wɔfaa mmarima ne mmea ne mmofra ne ɔhene mma mmea ne wɔn* a awɛmfo so panyin Nebusaradan+ gyaw wɔn maa Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ no nyinaa, na wɔfaa odiyifo Yeremia ne Neria ba Baruk nso kaa ho. 7 Na wɔkɔɔ Egypt asaase so, efisɛ wɔantie Yehowa asɛm, na wɔkɔe ara koduu Tapanes.+

8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia wɔ Tapanes sɛ: 9 “Fa wo nsa sesaw abo akɛse, na fa kosie dɔte mu wɔ baabi a wɔde birikisi atintim fam wɔ Farao fi pon ano wɔ Tapanes no. Yɛ ma Yuda mmarima no nhu. 10 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Hwɛ, meresoma akɔfa Babilon hene Nebukadnesar* m’akoa no aba,+ na mede n’ahengua besi abo a mede asie yi so, na ɔbɛtrɛw n’ahenni ntamadan mu wɔ so.+ 11 Na ɔbɛba abɛtow ahyɛ Egypt asaase no so.+ Nea ɔfata owuyare no, owuyare bekum no. Nea ɔfata sɛ wɔkyere no no, wɔbɛkyere no akɔ. Na nea ɔfata sekan no, sekan bekum no.+ 12 Na mede ogya bɛto Egypt anyame no afi* mu,+ na ɔbɛhyew wɔn, na ɔbɛkyere wɔn akɔ. Obefura Egypt asaase te sɛ nea oguanhwɛfo fura ne ntama no, na obefi hɔ akɔ asomdwoe mu.* 13 Na obebubu adum* a ɛwɔ Bet-Semes* wɔ Egypt asaase so no pasaa, na ɔde ogya bɛhyew Egypt anyame no afi.”’”*

44 Na Onyankopɔn asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛfa Yudafo a wɔtete Egypt asaase so nyinaa,+ wɔn a wɔtete Migdol+ ne Tapanes+ ne Nof*+ ne Patros+ asaase so no ho. Asɛm no ni: 2 “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Mmusu a mede aba Yerusalem+ ne Yuda nkurow nyinaa so no, moahu ne nyinaa, na ɛnnɛ adan amamfo, na obiara nte hɔ.+ 3 Ɛyɛ bɔne a wɔyɛ de hyɛɛ me abufuw no ntia. Wɔkɔbɔɔ afɔre+ maa anyame foforo a wonnim wɔn, anyame a mo ne mo agyanom nyinaa nnim wɔn no, na wɔsom wɔn.+ 4 Na mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn; mesomaa wɔn mpɛn pii* bɛka kyerɛɛ mo sɛ: “Mepa mo kyɛw, monnyɛ ade tantan a mikyi yi.”+ 5 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso annyae wɔn bɔne no, na wɔannyae afɔre a wɔbɔ ma anyame foforo no.+ 6 Enti mihwiee m’abufuhyew ne m’abufuw gui, na ɛdɛwee wɔ Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmɔnten so, na ɛbɛyɛɛ amamfo a obiara nte hɔ, sɛnea ɛte nnɛ yi.’+

7 “Enti afei nea Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Adɛn nti na mode mmusu kɛse reba mo ara mo* so, na mopɛ sɛ wɔsɛe ɔbarima ne ɔbea biara, ne mmofra ne nkokoaa nyinaa fi Yuda, a obiara renka mma mo yi? 8 Adɛn nti na mode mo nsa ano adwuma hyɛ me abufuw, na mobɔ afɔre ma anyame foforo wɔ Egypt asaase a moakɔtena so no so? Mubewuwu, na moayɛ nnome, na mo anim begu ase wɔ asaase so aman nyinaa mu.+ 9 Mo agyanom nneyɛe bɔne, ne Yuda ahemfo nneyɛe bɔne,+ ne wɔn yerenom nneyɛe bɔne,+ ne mo nso mo nneyɛe bɔne, ne mo yerenom nneyɛe bɔne,+ nea moyɛe wɔ Yuda asaase so ne Yerusalem mmɔnten so no, mo werɛ afi anaa? 10 Ɛde besi nnɛ nyinaa, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase,* wonsuroe,+ na me mmara ne m’ahyɛde a mede maa mo ne mo agyanom no nso, wonnii so.’+

11 “Enti nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Hwɛ, masi me bo sɛ mede mmusu bɛba mo so, na mede asɛe Yuda nyinaa. 12 Na mɛfa Yudafo a aka a wosii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ Egypt asaase so akɔtena hɔ no, na wɔn nyinaa bewuwu wɔ Egypt asaase so.+ Wobewuwu wɔ sekan ano, na ɔkɔm bɛma wɔn ase ahyew. Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, sekan ne ɔkɔm bekunkum wɔn nyinaa. Wɔbɛyɛ nnome, na wɔadan biribi a ɛyɛ hu, ne abusude, na wɔn anim begu ase.+ 13 Na mede sekan ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu* bɛtwe wɔn a wɔtete Egypt asaase so no aso sɛnea metwee Yerusalem aso no.+ 14 Na Yudafo a aka a wɔakɔtena Egypt asaase so no, wɔrentumi nguan, na wɔrennya wɔn ti nnidi mu nsan nkɔ Yuda asaase so. Wɔn kɔn bɛdɔ* sɛ wɔbɛsan akɔ hɔ na wɔakɔtena hɔ, nanso wɔrensan nkɔ hɔ, gye nnipa kakraa bi a wobenya wɔn ti adidi mu no.’”

15 Ɛnna mmarima a wonim sɛ wɔn yerenom bɔ afɔre ma anyame foforo no nyinaa, ne ɔyerenom a wogyinagyina hɔ no nyinaa, ɛdɔm kɛse no, ɛne nkurɔfo a na wɔtete Patros+ wɔ Egypt asaase so+ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 16 “Asɛm a woaka akyerɛ yɛn Yehowa din mu no, yɛrentie. 17 Mmom, asɛm biara a yɛde yɛn ano aka no, sɛnea ɛte biara yɛbɛyɛ, na yɛbɛbɔ afɔre ama Ɔsoro Hemmaa* no na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no+ sɛnea yɛn ne yɛn agyanom ne yɛn ahemfo ne yɛn mpanyimfo yɛe wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so, bere a na yedidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yenhu mmusu biara no. 18 Efi bere a yegyaee sɛ yɛbɛbɔ afɔre ama Ɔsoro Hemmaa* no, na yegyaee sɛ yebehwie afɔrebɔ nsã ama no no, biribiara abɔ yɛn, na sekan ne ɔkɔm akunkum yɛn.”

19 Mmea no nso kae sɛ: “Bere a na yɛbɔ afɔre ma Ɔsoro Hemmaa,* na yehwie afɔrebɔ nsã ma no no, yɛammisa yɛn kununom ansa na yɛreyɛ afɔrebɔ keeki a ɛte sɛ ne honi no? Yɛammisa ansa na yɛrehwie afɔrebɔ nsã ama no anaa?”

20 Na Yeremia ka kyerɛɛ nkurɔfo no nyinaa, mmarima no ne wɔn yerenom ne nnipa a aka a wɔkaa asɛm no kyerɛɛ no no nyinaa sɛ: 21 “Afɔre a mo ne mo agyanom ne mo ahemfo ne mo mpanyimfo ne asaase no so nnipa bɔe wɔ Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmɔnten so no,+ Yehowa kaee, na ɛbaa ne komam! 22 Na nneɛma bɔne ne akyiwade a moyɛe no fonoo Yehowa, enti mo asaase dan amamfo ne biribi a ɛyɛ hu ne nnome, na obiara antena so bio, sɛnea ɛrekɔ so nnɛ yi.+ 23 Esiane sɛ mobɔɔ afɔre a ɛte saa, na moyɛɛ Yehowa bɔne, na moantie Yehowa nne, na moanni ne mmara ne n’ahyɛde so, na moantie ne nkaesɛm nti na mmusu yi aba mo so, sɛnea muhu no nnɛ yi.”+

24 Na Yeremia toaa so ka kyerɛɛ nkurɔfo no nyinaa ne mmea no nyinaa sɛ: “Yudafo a mowɔ Egypt asaase so nyinaa, muntie Yehowa asɛm. 25 Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Asɛm a mo ne mo yerenom de mo ano kae no, mode mo nsa ayɛ. Efisɛ mokae sɛ: “Ɛbɔ a yɛhyɛe sɛ yɛbɛbɔ afɔre ama Ɔsoro Hemmaa* no, na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no no, sɛnea ɛte biara yebedi so.”+ Mmea, mo nso, ɛbɔ a moahyɛ no, nea ɛte biara mubedi so, na mobɛyɛ nea moahyɛ ho bɔ no.’

26 “Enti Yudafo a motete Egypt asaase so nyinaa, muntie Yehowa asɛm: ‘“Hwɛ, mede me ara me din kɛse no ka ntam sɛ,” Yehowa asɛm ni, “Yudani biara remfa me din nka ntam bio+ wɔ Egypt asaase nyinaa so sɛ, ‘Sɛ́ Awurade Tumfo Yehowa te ase yi!’+ 27 Mede m’ani asi wɔn so sɛ mɛyɛ wɔn bɔne na ɛnyɛ papa,+ na sekan ne ɔkɔm bekunkum Yuda mmarima a wɔwɔ Egypt asaase so nyinaa kosi sɛ wɔn nyinaa bɛsa.+ 28 Na nnipa kakraa bi na sekan no renkunkum wɔn a wobefi Egypt asaase so akɔ Yuda asaase so.+ Na Yudafo a aka a wɔbɛtenaa Egypt asaase so no nyinaa behu nea n’asɛm yɛ nokware, sɛ me oo, sɛ wɔn oo!”’”

29 “‘Na eyi ne sɛnkyerɛnne a mede rema mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha,’ Yehowa asɛm ni, ‘sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ asɛm a mekae sɛ mede mmusu bɛba mo so no bɛba mu ɔkwan biara so. 30 Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mede Egypt hene Farao Hofra bɛhyɛ n’atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokum no* no nsa, sɛnea mede Yuda hene Sedekia hyɛɛ ne tamfo Babilon hene Nebukadnesar* a na ɔpɛ sɛ okum no* no nsa no.”’”+

45 Odiyifo Yeremia anom asɛm ni. Ɔka kyerɛɛ Neria ba Baruk+ ma ɔkyerɛwee wɔ nhoma mu.+ Ɔkyerɛwee wɔ Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no ahenni afe a ɛto so anan mu. Ɔkae sɛ:

2 “Baruk, nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa wo ho ni, 3 ‘Woka sɛ: “Asɛm ato me, efisɛ Yehowa de ɛyaw aka m’awerɛhow ho! Madi abooboo abrɛ,* na minni ahotɔ.”’

4 “Ka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ! Nea masi no, meredwiriw agu, na nea madua no nso, meretutu; ɛbɛba asaase no nyinaa so.+ 5 Nanso wo de, nneɛma akɛse na worehwehwɛ. Gyae hwehwɛ.”’

“‘Na hwɛ, mede mmusu reba nnipa* nyinaa so,’+ Yehowa asɛm ni, ‘na baabiara a wobɛkɔ no, mede wo nkwa* bɛma wo sɛ asade.’”*+

46 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn wɔ amanaman no ho ni:+ 2 Egypt+ de ni: Ɛfa Egypt hene Farao Neko+ asraafo ho, Farao Neko a Babilon hene Nebukadnesar* dii no so nkonim wɔ Asubɔnten Eufrate ho wɔ Karkemis wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no ahenni afe a ɛto so anan mu no:

 3 “Munsiesie akyɛm nketewa* ne akyɛm akɛse,

Na monkɔ ɔko.

 4 Mo a motena apɔnkɔ so, momfa nhama nsesa apɔnkɔ no ho na montenatena wɔn so.

Munnyinagyina hɔ na monhyehyɛ mo dade kyɛw.

Muntwiw mpeaw ho na monhyehyɛ mo akotaade.

 5 ‘Adɛn nti na mihu sɛ wɔabɔ hu yi?

Wɔresan wɔn akyi, na wɔn mmarima a wonim ko no, wɔayɛ wɔn pasaa.

Wɔde hu aguan, wɔn mmarima a wonim ko no antwa wɔn ani.

Ehu wɔ baabiara,’ Yehowa asɛm ni.

 6 ‘Ahoɔharefo rentumi nguan, na mmarima a wonim ko no rentumi mfi hɔ nkɔ.

Wɔahintihintiw ahwehwe ase+

Wɔ atifi fam, wɔ Asubɔnten Eufrate ho.’

 7 Hena na ɔreba te sɛ Asubɔnten Nil,

Te sɛ nsubɔnten a emu nsu rebu fa so yi?

 8 Egypt foro ba te sɛ Asubɔnten Nil,+

Ɔba te sɛ nsubɔnten a emu nsu rebu fa so.

Na ɔka sɛ, ‘Mɛforo akɔ na mayiri akata asaase no so.

Mɛsɛe kurow no ne emufo.’

 9 Apɔnkɔ, momforo nkɔ!

Nteaseɛnam, munnye bum!

Momma mmarima a wonim ko no nkɔ wɔn anim,

Kus ne Put mmarima a wokurakura akyɛm,+

Ne Ludim+ mmarima a wokurakura agyan na wokuntun mu* no.+

10 “Saa da no yɛ Awurade Tumfo, asafo Yehowa da, aweredi da a ɔde betua n’atamfo ka. Na sekan bedi nam amee, na ɛbɛnom wɔn mogya nso amee. Efisɛ Awurade Tumfo, asafo Yehowa bɛbɔ afɔre* wɔ atifi fam asaase no so, Asubɔnten Eufrate+ ho.

11 Foro kɔ Gilead kɔpɛ balsam+ ngo,

O Egypt babea, ɔbaabun.

Woama wo nnuru adɔɔso kwa,

Efisɛ ayaresa biara nni hɔ mma wo.+

12 Amanaman no ate w’animguase,+

Na wo sũ ahyɛ asaase no so ma.

Efisɛ ɔsabarima hintiw ɔsabarima,

Na wɔn baanu nyinaa bom hwe ase.”

13 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia ni. Ɛfa Babilon hene Nebukadnesar* a ɔbɛba abɛsɛe Egypt asaase no+ ho:

14 “Momfa nto gua wɔ Egypt, na mommɔ no dawuru wɔ Migdol.+

Mommɔ no dawuru wɔ Nof* ne Tapanes.+

Monka sɛ, ‘Munnyinagyina hɔ, na monyɛ krado,

Efisɛ wɔn a atwa wo ho ahyia nyinaa, sekan bedi wɔn nam.

15 Adɛn nti na wɔapra wo mmarima a wɔn ho yɛ den no kɔ yi?

Wɔantumi annyina,

Efisɛ Yehowa apia wɔn agu fam.

16 Wɔn mu bebree hintihintiw, na wɔhwehwe ase.

Obiara ka kyerɛ ne yɔnko sɛ:

“Sɔre! Ma yɛnsan nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne yɛn abusuafo asaase so,

Esiane atirimɔden sekan no nti.”’

17 Ɛhɔ na wɔteɛm sɛ,

‘Egypt hene Farao ano yɛ den kwa.

Wama akwannya no* atwam.’+

18 ‘Mete ase yi de,’ Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no asɛm ni,

‘Ɔbɛba* te sɛ Tabor+ a esi mmepɔw mu

Ne Karmel+ a esi po ho no.

19 Hyehyɛ wo nneɛma a wode betu akɔ obi man so,

O ɔbabea a wote Egypt.

Efisɛ Nof* bɛdan biribi a ɛyɛ hu;

Wɔde ogya bɛhyew,* na obiara rentena hɔ.+

20 Egypt te sɛ nantwi* a ne ho yɛ fɛ paa,

Nanso ahurii* befi atifi fam aba no so.

21 Asraafo a wabɔ wɔn paa a wɔwɔ wɔn mu no mpo te sɛ anantwi mma a wɔadɔ srade;

Wɔn nso adan wɔn ho abom aguan.

Wɔantumi annyina,+

Efisɛ wɔn amanehunu da aba wɔn so,

Wɔn akontaabu da no.’

22 ‘Ne nne te sɛ ɔwɔ a ɔtwe ne ho ase,

Efisɛ wɔde mmonnua reba no so ahoɔden so,

Te sɛ mmarima a wɔrebu nnua.*

23 Ɔkwan biara nna ne kwae mu, nanso wobebu agu,’ Yehowa asɛm ni.

‘Efisɛ wɔdɔɔso sen ntutummɛ; wɔn dodow nni ano.

24 Egypt babea ani bewu.

Wɔde no bɛhyɛ atifi famfo nsa.’+

25 “Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka sɛ: ‘Afei mede m’ani rebesi Amon+ a ofi Noh*+ no so, ne Farao so, ne Egypt so, ne n’anyame so,+ ne n’ahemfo so, yiw, mede m’ani besi Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa so.’+

26 “‘Na mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no nsa, Babilon hene Nebukadnesar*+ ne ne nkoa nsa. Nanso ɛno akyi no, nnipa bɛsan atena mu bio te sɛ kan no,’ Yehowa asɛm ni.+

27 ‘Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,

Na mma wo bo nntu, O Israel.+

Efisɛ megye wo afi akyirikyiri,

Na megye w’asefo* afi asaase a wɔakyere wɔn kɔ so no so.+

Na Yakob bɛsan aba, na ne ho bedwo no, na watena hɔ dwoodwoo,

Na obiara renhunahuna wɔn.+

28 Enti m’akoa Yakob, nsuro,’ Yehowa asɛm ni, ‘efisɛ meka wo ho.

Aman a mabɔ wo ahwete so no, mɛhyew wɔn nyinaa ase,+

Nanso wo de, merenhyew w’ase.+

Mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata;+

Meremma womfa wo ho nni da.’”

47 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn ansa na Farao resɛe Gasa no ni. Ɛfa Filistifo ho.+ 2 Nea Yehowa aka ni:

“Hwɛ! Nsu fi atifi fam reba.

Ebeyiri abu afa so.

Ebeyiri afa asaase no ne nea ɛwɔ so nyinaa,

Kurow no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.

Mmarima bɛteɛteɛm,

Na obiara a ɔte asaase no so besu ateɛteɛm.

 3 Sɛ wɔte n’apɔnkɔ* nan a ɛrepempem fam kim-kim-kim,

Ne ne ko nteaseɛnam a ɛreyɛ kiri-kiri-kiri,

Ne ne nteaseɛnam no nan a ɛretwa ne ho kiridi-kiridi-kiridi no a,

Agyanom rentwa wɔn ani mpo nhwɛ wɔn mma,

Wɔn nsam a agow nti.

 4 Efisɛ ɛda a ɛreba no bɛsɛe Filistifo nyinaa;+

Ebetwitwa Tiro+ ne Sidon+ aboafo a aka nyinaa.

Na Yehowa bɛsɛe Filistifo no,

Wɔn a wɔaka a wofi Kaftor*+ supɔw so no.

 5 Gasa ti so bɛpa.*

Wɔama Askelon aka n’ano atom.+

O mo a moaka wɔ n’asaasetraa so,*

Mode ade betwitwa mo ho akosi da bɛn?+

 6 Ao! Yehowa sekan!+

Da bɛn na wobɛyɛ dinn?

San kɔhyɛ wo bɔha* mu.

Home, na yɛ komm.

 7 Ɛbɛyɛ dɛn ayɛ dinn,

Bere a Yehowa na ahyɛ no?

Ɛreba Askelon ne mpoano asaase no so.+

Ɛhɔ na wahyɛ sɛ ɛmmra.”

48 Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa Moab ho ni:+

“Asɛm ato Nebo,+ efisɛ wɔasɛe no!

Wɔagu Kiriataim+ anim ase, wɔadi no so nkonim.

Wɔagu guankɔbea a ɛyɛ den* no anim ase, na wɔayɛ no pasaa.+

 2 Obiara nni hɔ a oyi Moab ayɛ bio.

Wɔabɔ ne sɛe ho pɔw wɔ Hesbon+ sɛ:

‘Mommra mma yenyi no mfi hɔ, na wanyɛ ɔman bio.’

Na wo, Madmin nso, yɛ komm,

Efisɛ sekan di w’akyi reba.

 3 Wɔte osũ wɔ Horonaim,+

Efisɛ kurow no asɛe, na adwiriw agu pasaa.

 4 Wɔabubu Moab.

Ne mma resu.

 5 Osũ nko ara na wɔde foro Luhit koko.

Na wɔresian afi Horonaim nso a, wɔte osũ yayaayaw, ɔsɛe a aba no nti.+

 6 Munguan; munguan mpere mo nkwa!*

Monyɛ sɛ sare so ɔpopaw dua.

 7 Esiane sɛ wode wo ho ato wo nnwuma ne w’agyapade so nti,

Wo nso, wobedi wo so nkonim.

Na wobetu Kemos+ ase akɔ obi man so,

Ɔne n’asɔfo ne ne mpanyimfo nyinaa bɛbom akɔ.

 8 Ɔsɛefo no bɛba kurow biara so,

Na kurow biara remfa ne ho nni.+

Asaasetraa* no bɛsɛe,

Na wɔbɛsɛe asaase a ɛda fam* no, sɛnea Yehowa aka no.

 9 Momfa ahyɛnsode nsi ɔkwan so mma Moab,

Efisɛ sɛ wɔsɛe no pasaa a, obeguan,

Na ne nkurow bɛdan biribi a ɛyɛ hu,

Na obiara rentena mu.+

10 Nnome nka nea ɔyɛ Yehowa adwuma biarabiara!

Nnome nka nea ɔmfa ne sekan nhwie mogya ngu!

11 Moabfo atena hɔ dwoodwoo fi wɔn mmofraberem,

Te sɛ bobesa a asi hɔ akyɛ a ada ase.

Wonhwiee wɔn nguu ade foforo biara mu da,

Na wontuu wɔn ase nkɔɔ obi man so da.

Ɛno nti na wɔn dɛ nsesae,

Na wɔn hua nso nsesae no.

12 “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mɛsoma nkurɔfo ama wɔakɔdan wɔn abutuw. Wɔbɛdan wɔn abutuw, na wɔahwie wɔn afi ade a wogu mu no mu, na wɔbɛbobɔ wɔn nhina akɛse no pasapasa. 13 Na Moabfo ani bewu Kemos ho, sɛnea Israel fi ani awu Betel a wɔde wɔn ho too so ho no.+

14 Mone hena a moka sɛ: “Yɛyɛ mmarima akatakyi a yɛayɛ krado rekɔ ɔko”?’+

15 ‘Wɔasɛe Moab,

Wɔatow ahyɛ ne nkurow so,+

Na wɔn mmerante a wodi mu nso, wɔakunkum wɔn,’+

Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no asɛm ni.+

16 Moabfo amanehunu rebobɔ ba,

Na wɔn sɛe de mmirika reba.+

17 Wɔn ho bɛyɛ wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa mmɔbɔ,

Wɔn a wonim wɔn din nyinaa.

Monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Ao, ahoɔden poma no, dua fɛfɛɛfɛ no na abubu yi!’

18 Si fi w’anuonyam so,

Na tena osukɔm mu,* O ɔbabea a wote Dibon.+

Efisɛ Moab sɛefo no aba wo so,

Na wo nkurow a ɛyɛ den no, ɔbɛsɛe no.+

19 Wo a wote Aroer,+ gyina ɔkwan ho na hwɛ.

Bisa ɔbarima a ɔreguan ne ɔbea a ɔrepɛ baabi afa no sɛ, ‘Asɛm bɛn na asi?’

20 Wɔagu Moab anim ase, na ehu aka no.

Munsu, munsu nteɛteɛm.

Mommɔ no dawuru wɔ Arnon+ sɛ wɔasɛe Moab.

21 “Atemmu aba asaase a ɛda fam* no so,+ aba Holon ne Yahas+ ne Mefaat+ so; 22 aba Dibon+ ne Nebo+ ne Bet-Diblataim so; 23 aba Kiriataim+ ne Bet-Gamul ne Bet-Meon+ so; 24 aba Keriot+ ne Bosra so; aba Moab asaase so nkurow nyinaa so, nea ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn nyinaa.

25 ‘Wɔatwa Moab ahoɔden* akyene;

Wɔabu ne nsa* mu,’ Yehowa asɛm ni.

26 ‘Momma ɔnnom nsã mmow+ efisɛ wama ne ho so atia Yehowa.+

Moab munumunum wɔ ne fe mu,

Na wadan ade a wodi ho fɛw.

27 Ɛnyɛ wo na wudii Israel ho fɛw no?+

Wohwɛ a, na ɔka akorɔmfo ho

A enti ɛsɛ sɛ wowosowosow wo ti gu no so, na wokasa tia no?

28 Moabfo, munnyaw mo nkurow hɔ na monkɔtena ɔbotan so,

Na monyɛ sɛ aburuburuw a ɔyɛ ne berebuw wɔ bepɔw nkyɛnmu wɔ soro.’”

29 “Yɛate Moab ahantan no; ɔyɛ dwae paa.

Yɛate n’ahomaso ne n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne sɛnea wama ne koma so no.”+

30 “‘Minim n’abufuw,’ Yehowa asɛm ni,

‘Nanso ne kasa hunu no renkosi hwee.

Wɔrentumi nyɛ huu!

31 Ɛno nti na mesũ ateɛteɛm wɔ Moab ho no;

Mesu Moabfo nyinaa,

Na mesu Kir-Heres mmarima.+

32 O Sibma bobe, mesu wo,+

Mesu wo asen sɛnea misuu Yaser no.+

Wo dua a afefɛw no atwa ɛpo.

Akodu ɛpo mu, akodu Yaser.

W’ahohuru bere mu nnuaba ne bobe a woatetew no,

Ɔsɛefo no atow ahyɛ so.+

33 Wɔayi anigye ne ahurusi afi turo no mu

Ne Moab asaase so.+

Nsã a ɛretene fi amoa a wokyĩ nsã wom mu no, mama atwa.

Obiara nni hɔ a ɔde anigye bɛbɔ agye so bere a wɔrekyĩ nsã.

Sɛ wɔbɔ gye so mpo a, ɛrenyɛ nnyeso papa.’”+

34 “‘Wɔte nteɛm bi wɔ Hesbon;+ ɛkɔ ara kosi Eleale.+

Wɔteɛm denneennen ma wɔte wɔ Yahas.+

Efi Soar kosi Horonaim,+ na ekosi Eglat-Selisiya.

Nimrim nsu mpo, ɛbɛyera.*+

35 Meremma obiara mmɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea,*

Na meremma obiara mmɔ afɔre mma ne nyame;

Mɛma ne nyinaa agyae wɔ Moab,’ Yehowa asɛm ni.

36 Ɛno nti, me koma besu* Moab te sɛ atɛntɛbɛn,*+

Na me koma asu* Kir-Heres mmarima te sɛ atɛntɛbɛn.*

Efisɛ ahonyade a wapɛ agu hɔ no bɛsɛe.

37 Obiara ti so apa,+

Na obiara atwitwa n’abogyesɛ.

Obiara de ade atwitwa ne nsa ho,+

Na wɔde awerɛhow ntama* asisi wɔn asen!’”+

38 “‘Moab adan nyinaa atifi,

Ne ne mmɔnten so baabiara,

Nea wote ara ne osu ne nteɛteɛm.

Efisɛ mabubu Moab

Te sɛ ahina a wɔatow akyene baabi,’ Yehowa asɛm ni.

39 ‘Hwɛ sɛnea ehu aka no! Munsu nteɛteɛm!

Hwɛ sɛnea Moab de animguase asan n’akyi!

Moab adan ade a wodi ho fɛw,

Wadan biribi a ɛyɛ hu ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.’”

40 “Nea Yehowa aka ni:

‘Hwɛ! Sɛnea ɔkɔre tow hoo hyɛ aboa so no,+

Saa na ɔbɛtrɛw ne ntaban mu aba Moab so. +

41 Wobedi ne nkurow so nkonim,

Na wobegye n’abannennen.

Saa da no, Moab akatakyi koma

Bɛyɛ sɛ ɔbea a ɔrewo.’”

42 “‘Na wɔbɛsɛe Moab na anyɛ ɔman bio,+

Efisɛ ɛyɛ Yehowa na wama ne ho so atia no.+

43 Ehu ne amoa ne afiri da mo anim,

O Moabfo,’ Yehowa asɛm ni.

44 ‘Obiara a ehu no nti obeguan no, ɔbɛtɔ amoa mu,

Na obiara a obepue afi amoa mu no, afiri beyi no.’

‘Efisɛ afe a mahyɛ no du a, mɛtwe Moab aso,’ Yehowa asɛm ni.

45 ‘Wɔn a wɔreguan no akogyinagyina Hesbon nwini mu; wɔn ahoɔden asa.

Efisɛ ogya befi Hesbon aba,

Na ogyaframa afi Sihon aba.+

Ɛbɛhyew Moab moma so,

Na ahyew mma a wɔyɛ dede no tikora.’+

46 ‘O Moab, asɛm ato wo!

Kemos nkurɔfo+ asɛe.

Efisɛ wɔakyere wo mma mmarima de wɔn kɔ,

Na wo mma mmea nso, wɔasoa wɔn kɔ obi man so.+

47 Nanso awiei nna no mu no, mɛboaboa Moabfo a wɔkyeree wɔn kɔe no ano,’ Yehowa asɛm ni.

‘Ɛha na Moab ho atemmusɛm no si.’”+

49 Nea Yehowa aka afa Ammonfo ho ni:+

“Israel nni mma mmarima anaa?

Anaa onni obi a obedi n’ade?

Adɛn nti na Malkam+ afa Gad?+

Na adɛn nti na ne nkurɔfo akɔtenatena Israel nkurow mu yi?”

 2 “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni,

‘Na mɛma wɔate ɔko torobɛnto* nnyigyei a etia Ammonfo+ kurow Raba,+

Na ɛbɛdan abo asum hɔ,

Na wɔde ogya bɛto ɛho nkurow mu.’

‘Na Israel begye ne nkurow afi wɔn a wɔbɛfaa ne nkurow no nsam,’+ Yehowa na waka.

 3 ‘O Hesbon, su teɛteɛm, efisɛ wɔasɛe Ai!

Raba ho nkurow, monteɛteɛm.

Mumfurafura awerɛhow ntama.*

Munsu nteɛteɛm na munni akɔneaba wɔ nguammuw a wɔde abo ayɛ mu,

Efisɛ wobetu Malkam ase akɔ obi man so,

Ɔne n’asɔfo ne ne mpanyimfo nyinaa na ɛbɛkɔ.+

 4 Adɛn nti na wode w’asaasetraa* hoahoa wo ho?

Adɛn nti na wode w’asaasetraa a nsu sen fa so no hoahoa wo ho, O ɔbabea kontomponi?

Wode wo ho ato w’agyapade so,

Na woka sɛ: “Hena na ɔbɛba me so?”’”

 5 “‘Hwɛ, mede biribi a ɛyɛ hu reba wo so,’ Awurade Tumfo, asafo Yehowa asɛm ni.

‘Ebefi wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa hɔ aba.

Na wɔbɛbɔ mo ahwete baabiara,

Na obiara remmoaboa wɔn a wɔreguan no ano.’”

 6 “‘Nanso akyiri yi, mɛsan aboaboa Ammonfo a wɔkyeree wɔn kɔe no ano,’ Yehowa asɛm ni.”

7 Nea asafo Yehowa aka afa Edom ho ni:

“Nyansa biara nni Teman bio anaa?+

Afotu pa ayera afi wɔn a wɔwɔ ntease no nkyɛn anaa?

Wɔn nyansa adan adehunu* anaa?

 8 Munguan, monsan mo akyi!

O Dedanfo, monkɔ na monkɔtena obon mu!+

Efisɛ sɛ bere so sɛ mede m’ani si Esau so a,

Mede amanehunu bɛba no so.

 9 Sɛ wɔn a wɔtetew bobe ba wo so a,

Anka wɔrennyaw bi wɔ ase mma nkurɔfo mmɛsesaw anaa?

Na sɛ awifo ba anadwo a,

Nea wɔpɛ nko ara na wɔbɛsɛe no.+

10 Nanso mɛma Esau ho ada hɔ.

Mɛma obiara ahu ne hintabea,

Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrentumi mfa ne ho nsie.

Wɔbɛsɛe ne mma, ne ne nuanom, ne wɔn a wɔte bɛn no nyinaa,+

Na ɔbɛyera.+

11 Gyaw wo nnyanka hɔ,

Na mɛma wɔatena nkwa mu,

Na w’akunafo benya ahotoso wɔ me mu.”

12 Na nea Yehowa aka ni: “Hwɛ! Sɛ wɔn a wommuu wɔn atɛn sɛ wɔnnom kuruwa no ano mpo bɛnom a, ɛnde wo na wobɛfa wo ho adi anaa? Woremfa wo ho nni, efisɛ wopɛ oo, wompɛ oo, wobɛnom.”+

13 “Maka me ho ntam,” Yehowa asɛm ni, “Bosra bɛdan biribi a ɛyɛ hu,+ n’anim begu ase, ɛbɛsɛe pasaa, na ayɛ nnome. Na ne nkurow nyinaa bɛdan amamfo afebɔɔ.”+

14 Mate amanneɛbɔ bi afi Yehowa hɔ.

Wasoma obi kɔ amanaman no mu sɛ:

“Mommoaboa mo ho na monkɔ no so;

Munsiesie mo ho nkɔko.”+

15 “Na hwɛ, mayɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu,

Na wɔmfa wo nyɛ hwee wɔ nnipa mu.+

16 Ahopopo a woma ɛbaa nkurɔfo so no adaadaa wo,

Wo komam ahantan adaadaa wo,

Wo a wote abotan so,

Na wote koko a ɛkorɔn so.

Sɛ woayɛ wo berebuw wɔ sorosoro te sɛ ɔkɔre mpo a,

Meyi wo afi hɔ asi fam,” Yehowa asɛm ni.

17 “Edom bɛdan biribi a ɛyɛ hu,+ na obiara a obetwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ no, na wadi ne ho fɛw,* mmusu a ɛbɛba no so no nyinaa nti. 18 Sɛnea wobutuw Sodom ne Gomora ne ɛho nkurow no,”+ Yehowa asɛm ni, “saa ara na obiara rentena Edom, na onipa biara rensoɛ hɔ.+

19 “Hwɛ! Obi bɛforo abɛtow ahyɛ adidibea a wɔabɔ ho ban no so te sɛ gyata+ a ofi Yordan kwaebirentuw mu, nanso mɛma waguan* afi hɔ ntɛm. Na mɛma nea wɔapaw no no adi no so. Hena na ɔte sɛ me, na hena na ɔne me bedi asi? Oguanhwɛfo bɛn na obetumi agyina m’anim?+ 20 Enti mmarima, muntie pɔw a Yehowa abɔ wɔ Edom ho; na nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ Temanfo ni:+

Nea ɛte biara, wɔbɛtwe nguan mma no ase akɔ.

Wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea asɛe pasaa.+

21 Wɔahwe ase birim ama asaase awosow.

Wɔreteɛteɛm!

Dede no akodu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho tɔnn.+

22 Hwɛ! ɔbɛforo sɛ ɔkɔre, na watu fãã aba,+

Na ɔbɛtrɛw ne ntaban mu wɔ Bosra so.+

Saa da no, Edom mmarima a wonim ko no koma

Bɛyɛ sɛ ɔbea a awo aka no koma.”

23 Damasko de ni:+

“Wɔagu Hamat+ ne Arpad anim ase,

Efisɛ wɔate asɛmmɔne bi.

Ehu aka wɔn paa.

Ɛpo rebu fa so, na wɔrentumi mma ɛnyɛ dinn.

24 Damasko abam abu.

Wadan ne ho reguan, nanso ehu akyekyere no.

Amanehunu ne yaw aba no so,

Te sɛ ɔbea a awo aka no.

25 Adɛn nti na wonnyaw ayeyi kurow no ntoo hɔ,

Ahurusi kurow no?

26 Efisɛ ne mmerante bɛtotɔ wɔ ne mmɔnten so,

Na asraafo no nyinaa bewuwu saa da no,” asafo Yehowa asɛm ni.

27 “Mede ogya bɛto Damasko fasu mu,

Na ɛbɛhyew Ben-Hadad abannennen no.”+

28 Efisɛ Kedar+ ne Hasor ahenni a Babilon hene Nebukadnesar* sɛee no no, nea Yehowa aka afa ho ni:

“Monsɔre, momforo nkɔ Kedar,

Na monkɔsɛe wɔn a wɔtete Apuei no.

29 Wɔbɛfa wɔn ntamadan ne wɔn nguan

Ne wɔn ntamadan ho ntama ne wɔn nneɛma nyinaa akɔ.

Wɔbɛfa wɔn yoma afi wɔn ho akɔ,

Na wobesu akyerɛ wɔn sɛ, ‘Ehu wɔ baabiara!’”

30 “Munguan, monkɔ akyirikyiri!

O Hasorfo, monkɔ na monkɔtena obon mu,” Yehowa asɛm ni.

“Efisɛ Babilon hene Nebukadnesar* abɔ mo ho pɔw bi,

Na wadwen mo ho adwemmɔne.”

31 “Monsɔre, momforo nkɔ ɔman a ɛte hɔ asomdwoe mu no so,

Ɔman a ɛte hɔ dwoodwoo no!” Yehowa asɛm ni.

“Enni apon na enni nnade a wɔde bram apon akyi; wɔn nko ara na wɔte hɔ.

32 Nkurɔfo bɛfom wɔn yoma,

Na wɔafa wɔn nyɛmmoa bebrebe no akɔ.

Mɛbɔ wɔn ahwete mframa nyinaa mu,*

Wɔn a wɔatwitwa wɔn asontɔrem nwi no,+

Na mede mmusu befi afã nyinaa aba wɔn so,” Yehowa asɛm ni.

33 “Na Hasor bɛdan sakraman atenae,

Na ɛbɛyɛ amamfo daa.

Obiara rentena hɔ,

Na onipa biara rensoɛ hɔ.”

34 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn wɔ Elam+ ho, Yuda hene Sedekia+ ahenni mfiase ni: 35 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Hwɛ merebebubu Elam agyan,+ nea wɔn ahoɔden gyina so* no. 36 Mede mframa anan befi ɔsoro afanan aba Elam so, na mɛbɔ wɔn ahwete mframa yi nyinaa mu. Ɔman biara nni hɔ a Elamfo a wɔabɔ wɔn ahwete no bi renkɔ so.’”

37 “Na mebubu Elamfo wɔ wɔn atamfo anim, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn* no anim. Na mede mmusu ne m’abufuhyew bɛba wɔn so,” Yehowa asɛm ni. “Na mɛsoma sekan adi wɔn akyi akosi sɛ mɛhyew wɔn nyinaa ase.”

38 “Na mede m’ahengua besi Elam,+ na mɛsɛe ɔhene ne ne mpanyimfo afi hɔ,” Yehowa asɛm ni.

39 “Nanso awiei nna no mu no, mɛboaboa Elamfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano,” Yehowa asɛm ni.

50 Asɛm a Yehowa nam odiyifo Yeremia so ka faa Babilon ho+ ne nea ɔka faa Kaldeafo asaase ho ni:

 2 “Monka wɔ amanaman no mu, na mommɔ no dawuru.

Momma ahyɛnsode* so na mommɔ no dawuru.

Mommfa hwee nnsie!

Monka sɛ, ‘Wɔadi Babilon so nkonim.+

Wɔagu Bel anim ase.+

Ehu aka Merodak.

Wɔagu n’ahoni anim ase.

Ehu aka n’abosom fĩ* no.’

 3 Efisɛ ɔman bi fi atifi fam aba no so.+

Ama n’asaase adan biribi a ɛyɛ hu;

Obiara nte hɔ.

Nnipa ne mmoa nyinaa aguan;

Wɔn nyinaa kɔ.”

4 “Saa nna no ne saa bere no,” Yehowa asɛm ni, “Israelfo ne Yudafo bɛbom aba.+ Wɔde osũ na ɛbɛnantew aba.+ Na wɔbɛbom ahwehwɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn no.+ 5 Wobebisa baabi a Sion kwan wɔ, na wɔde wɔn ani bɛkyerɛ hɔ+ aka sɛ, ‘Mommra mma yɛmfa yɛn ho nkɔbata Yehowa ho na yɛne no nyɛ daa apam a obiara werɛ remfi.’+ 6 Me man adan nguan a wɔayera.+ Wɔn ankasa ahwɛfo ama wɔafom kwan.+ Wɔde wɔn nenam mmepɔw so; wofi bepɔw so a, na wɔkɔ koko so. Wɔn werɛ afi wɔn homebea. 7 Wɔn a wohu wɔn nyinaa kyere wɔn we,+ na wɔn atamfo ka sɛ, ‘Yenni fɔ, efisɛ Yehowa na wɔayɛ no bɔne; wɔayɛ bɔne atia Yehowa a ɔyɛ trenee tenabea ne wɔn agyanom anidaso no.’”

 8 “Munguan mfi Babilon,

Mumfi Kaldeafo asaase so nkɔ,+

Na monyɛ sɛ adwennini* a wodi nguan anim.

 9 Hwɛ, merema aman akɛse aba Babilon so,

Aman bebree a wofi atifi fam asaase so.+

Wɔbɛhyehyɛ wɔn ho aba na wɔne no abɛko,*

Na ɛhɔ na wobefi adi no so nkonim.

Wɔn agyan te sɛ ɔsabarima de,

Na ekunkum nkurɔfo mma;+

Wɔnsan wɔn akyi, gye sɛ wɔawie wɔn adwuma.

10 Kaldea bɛdan nneɛma a nkurɔfo nya fi ɔko mu.*+

Wɔn a wɔfom ne nneɛma nyinaa bɛmee paa,”+ Yehowa asɛm ni.

11 “Efisɛ mudii ahurusi,+ na mo ani gyei

Bere a morefom m’ankasa m’agyapade no.+

Mokɔɔ so de mo nan dwiridwiriw fam te sɛ nantwi* a ɔde ne nan dwiridwiriw sare,

Na mokɔɔ so sui sɛ apɔnkɔnini.

12 Wɔagu mo maame anim ase.+

Nea ɔwoo mo no nsa asi fam.

Hwɛ! Ɔno ne ɔman a mfaso nni so koraa wɔ amanaman mu,

Ɔyɛ sare a nsu nni so ne anwea pradadaa.+

13 Yehowa abufuw nti, obiara rentena mu;+

Ɛbɛsɛe pasaa.+

Obiara a obetwam wɔ Babilon bɛtɛɛ n’anom ahwɛ,

Na obedi ne ho fɛw,* mmusu a ɛbɛba no so no nyinaa nti.+

14 Monhyehyɛ mo ho nkɔ Babilon so wɔ afã nyinaa,

Mo a mukuntun agyan mu* nyinaa.

Montow agyan nkɔ no so, munnnyaw agyan no baako mpo,+

Efisɛ Yehowa na wayɛ no bɔne.+

15 Monteɛm denneennen ngu no so wɔ afã nyinaa.

Ɔde ne ho ama* efisɛ wadi nkogu.

N’adum abubu, n’afasu adwiriw agu.+

Efisɛ ɛyɛ Yehowa na ɔretua no ka.+

Muntua no so ka.

Nea ɔde ayɛ nkurɔfo no, saa ara na momfa nyɛ no.+

16 Muntwa ogufo mfi Babilon,

Na muntwa nea okura kantankrankyi* wɔ twabere mu no mfi hɔ.+

Atirimɔden sekan no nti, obiara bɛsan akɔ ne nkurɔfo nkyɛn,

Na obiara beguan akɔ n’asaase so.+

17 “Israelfo yɛ nguan a wɔahwete.+ Agyata abɔ wɔn apansam.+ Nea edi kan, Asiria hene tetew wɔn mu;+ ɛnna Babilon hene Nebukadnesar* nso bobɔɔ wɔn nnompe mu.+ 18 Enti nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: ‘Hwɛ, Babilon hene ne n’asaase nyinaa, mɛyɛ wɔn ade, sɛnea meyɛɛ Asiria hene ade no.+ 19 Na mɛsan de Israel aba n’adidibea,+ na obedidi wɔ Karmel ne Basan.+ Na obedidi* amee wɔ Efraim+ ne Gilead+ mmepɔw so.’”

20 “Saa nna no ne saa bere no,” Yehowa asɛm ni,

“Wɔbɛhwehwɛ Israel mmarato

Nanso wɔrenhu,

Na Yuda bɔne nso, wɔrenhu,

Efisɛ wɔn a mɛma wɔaka no, mede wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”+

21 “Foro kɔtow hyɛ Merataim asaase no so, na kɔ Pekodfo so.+

Ma wonkunkum wɔn nyinaa, na wɔnsɛe wɔn pasaa,” Yehowa asɛm ni,

“Yɛ nea maka akyerɛ wo no nyinaa.

22 Ɔko nnyigyei wɔ asaase no so,

Ɛyɛ amanehunu* kɛse.

23 Hamma* a ebubu asaase so aman nyinaa no, hwɛ sɛnea wɔatwa ato fam na wɔabubu no!+

Hwɛ sɛnea Babilon adan biribi a ɛyɛ hu wɔ amanaman no mu!+

24 O Babilon, masum wo afiri ama ayi wo,

Nanso woanhu.

Wɔahu wo, na wɔakyere wo,+

Efisɛ Yehowa na woko tiaa no.

25 Yehowa abue n’adekoradan,

Na wayi n’abufuhyew akode apue.+

Efisɛ Awurade Tumfo, asafo Yehowa wɔ adwuma bi yɛ

Wɔ Kaldeafo asaase so.

26 Mumfi akyirikyiri mmra no so.+

Mummue adan a ɔkora n’aduan wom no.+

Mommoaboa n’ano nsum hɔ te sɛ awi.*

Monsɛe no pasaa.+

Mommma onipa biara nnka mmma no.

27 Munkunkum n’anantwinini nkumaa nyinaa.+

Momma wonsian nkɔ mma wonkunkum wɔn.

Asɛm ato wɔn, efisɛ wɔn bere aso;

Wɔn akontaabu da no aso!

28 Wɔte wɔn a wɔreguan no nne,

Wɔn a wɔreguan afi Babilon asaase so no.

Wɔrekɔka wɔ Sion sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn no retua bɔne so ka,

Ɔretua bɔne so ka ama n’asɔrefi.+

29 Momfrɛfrɛ agyantofo nkɔ Babilon so,

Wɔn a wokuntun agyan mu* nyinaa.+

Muntwa ne ho nhyia; mommma obiara nnguan.

Muntua no ka sɛnea ne nnwuma te.+

Nea ɔde ayɛ nkurɔfo no, saa ara na momfa nyɛ no.+

Efisɛ wayɛ ahantan wɔ Yehowa so,

Wayɛ ahantan wɔ Israel Kronkronni no so.+

30 Enti ne mmerante bɛtotɔ wɔ ne mmɔnten so,+

Na n’asraafo nyinaa bɛsɛe* saa da no,” asafo Yehowa asɛm ni.

31 “O wo a wummu hwee,+ hwɛ! me ne wo anya,”+ Awurade Tumfo, asafo Yehowa asɛm ni,

“Efisɛ wo da bɛba, ɛda a mɛma woabu akontaa no.

32 O wo a wummu hwee, wubehintiw na woahwe ase,

Na worennya obiara mma wo so.+

Mede ogya bɛto wo nkurow mu,

Na ɛbɛhyew biribiara a atwa wo ho ahyia.”

33 Nea asafo Yehowa aka ni:

“Wɔhyɛ Israelfo ne Yudafo so,

Na wɔn a wɔakyere wɔn kɔ no ayere wɔn.+

Wɔmpɛ sɛ wogyaa wɔn ma wɔkɔ.+

34 Nanso wɔn Gyefo no ho yɛ den.+

Asafo Yehowa ne ne din.+

Nea ɛte biara, obedi wɔn asɛm ama wɔn+

Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma asaase no ahome,+

Na wama Babilonfo ho ayeraw wɔn.”+

35 “Sekan reba Kaldeafo so,” Yehowa asɛm ni,

“Ɛreba Babilonfo ne wɔn mpanyimfo ne wɔn anyansafo so.+

36 Sekan reba wɔn a wɔka nsɛnhunu* so, na wobedi nkwaseasɛm.

Sekan reba ne mmarima a wonim ko so, na wɔbɛbɔ hu.+

37 Sekan reba wɔn apɔnkɔ ne wɔn ko nteaseɛnam so,

Sekan reba firamanfiramanfo a wɔwɔ ne mu no nyinaa so,

Na wɔbɛyɛ sɛ mmea.+

Sekan reba n’agyapade so, na nkurɔfo bɛfom.+

38 Wɔn nsu bɛsɛe na ayow.+

Efisɛ ɛyɛ ahoni asaase,+

Na wɔn anisoadehu a ɛyɛ hu no nti, wɔkɔ so yɛ wɔn nneɛma sɛ abɔdamfo.

39 Ɛno nti, sare so mmoa ne mmoa a wosu te sɛ kraman na ɛbɛtena hɔ,

Na nsohori nso bɛtena hɔ.+

Onipa biara rentena hɔ bio da,

Na obiara remfa hɔ nyɛ ne tenabea awo ntoatoaso nyinaa mu.”+

40 “Sɛnea Onyankopɔn butuw Sodom ne Gomora+ ne ɛho nkurow no,”+ Yehowa asɛm ni, “saa ara na obiara rentena hɔ, na onipa biara rensoɛ hɔ.+

41 “Hwɛ! Ɔman bi fi atifi fam reba.

Wɔbɛma ɔman kɛse bi ne ahemfo akɛse+

Afi akyirikyiri asaase so aba.+

42 Wokurakura agyan ne peaw.+

Wɔn tirim yɛ den, na wɔrenhu obiara mmɔbɔ.+

Wɔn nnyigyei te sɛ ɛpo a ɛrebu fa so,+

Bere a wɔtete wɔn apɔnkɔ so reba no.

Wɔahyehyɛ wɔn ho aka abom sɛ onipa baako ne wo rebɛko, O Babilon babea.+

43 Babilon hene ate wɔn ho amanneɛbɔ,+

Na ne nsam agow.+

Ne ho yeraw no,

Na ɛyaw a ɔrefa mu no te sɛ ɔbea a ɔrewo.

44 “Hwɛ! Obi bɛforo abɛtow ahyɛ adidibea a wɔabɔ ho ban no so te sɛ gyata a ofi Yordan kwaebirentuw mu, nanso mɛma wɔaguan* afi hɔ ntɛm. Na mɛma nea wɔapaw no no adi no so.+ Hena na ɔte sɛ me, na hena na ɔne me bedi asi? Oguanhwɛfo bɛn na obetumi agyina m’anim?+ 45 Enti mmarima, muntie pɔw a Yehowa abɔ wɔ Babilon ho;+ na nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ Kaldeafo asaase ni:

Nea ɛte biara, wɔbɛtwe nguan mma no ase akɔ.

Wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea asɛe pasaa.+

46 Sɛ wodi Babilon so nkonim a, ɛho dede no bɛma asaase awosow,

Na wɔbɛte nteɛteɛm wɔ amanaman no mu.”+

51 Nea Yehowa aka ni:

“Hwɛ, merema mframa a ɛsɛe ade

Abɔ Babilon+ ne wɔn a wɔtete Leb-Kamai* no.

 2 Mɛsoma wɔn a wohuw hwiit so akɔ Babilon,

Na wobehuw no ama n’asaase ada mpan.

Na wɔbɛba no so wɔ afã nyinaa, amanehunu da no.+

 3 Nea okuntun agyan mu* no, mma onnkuntun mu bio.

Na mma obiara nnsɔre mmfa dade ataade nnhyɛ.

Munnhu ne mmerante mmɔbɔ.+

Monsɛe n’asraafo nyinaa.

 4 Na wobekunkum wɔn agu Kaldeafo asaase so;

Wɔn a wɔde ade awowɔ wɔn no begu ne mmɔnten so.+

 5 Asafo Yehowa, Israel ne Yuda Nyankopɔn no nnyaw wɔn hɔ.*+

Nanso bɔne ahyɛ wɔn asaase* no so ma wɔ Israel Kronkronni no ani so.

 6 Munguan mfi Babilon,

Na munguan mpere mo nkwa.*+

Monhwɛ na ne bɔne nti, moanwuwu.

Efisɛ bere a Yehowa de betua bɔne so ka aso.

Ɔretua no ka wɔ nea wayɛ ho.+

 7 Babilon ayɛ sika kɔkɔɔ kuruwa wɔ Yehowa nsam;

Wama asaase nyinaa abobow.

Amanaman no anom ne nsã no.+

Ɛno nti na amanaman no abobɔ adam no.+

 8 Babilon ahwe ase mpofirim, na wabubu.+

Ne nti, munsu nteɛteɛm!+

Ne yaw no nti, mompɛ balsam ngo mma no;

ebia ne ho bɛtɔ no.”

 9 “Yɛyɛɛ biara sɛ yɛbɛsa Babilon yare, nanso ne ho antɔ no.

Munnyaw no hɔ, na momma yɛnkɔ; obiara nkɔ n’asaase so.+

Efisɛ n’atemmu akodu soro;

Akɔ ara akodu mununkum mu.+

10 Yehowa abu atɛntrenee ama yɛn.+

Mommra, momma yɛnka Yehowa yɛn Nyankopɔn no adwuma ho asɛm wɔ Sion.”+

11 “Monsew agyan ano;+ momfa akyɛm.*

Yehowa akanyan Media ahemfo no honhom,+

Efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe Babilon.

Ɛyɛ Yehowa na ɔretua bɔne so ka; ɔretua bɔne so ka ama n’asɔrefi.

12 Momfa ahyɛnsode*+ nsi Babilon fasu so.

Momma ɔwɛn no mu nyɛ den. Momma awɛmfo nnyinagyina hɔ.

Mompɛ wɔn a wɔbɛkɔ akɔtetɛw.

Efisɛ Yehowa afa adwene,

Na nea wahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛyɛ Babilonfo no, ɔbɛyɛ.”+

13 “O ɔbea a wote nsu pii so,+

A wowɔ agyapade pii,+

W’awiei aba, na mfaso a wunya no to atwa.*+

14 Asafo Yehowa aka ɔno ara ne ho* ntam sɛ,

‘Mɛma mmarima ayɛ wo mu ma; wɔbɛdɔɔso te sɛ ntutummɛ,

Na wo nti, wɔbɛbɔ ose.’+

15 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asaase,

Na ɔde ne nyansa maa asaase tim hɔ;+

Ɔno na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.+

16 Sɛ ɔma ne nne so a,

Nsu bobom wɔ soro,

Na ɔma mununkum* fi asaase anoano foro kɔ soro.

Ɔyɛ anyinam ka osu ho,*

Na ɔde mframa fi n’adekora adan mu ba.+

17 Nnipa nyinaa yɛ wɔn ade te sɛ nea wonni adwene ne nimdeɛ.

Ɔtomfo biara ani bewu wɔ ne honi ho,+

Efisɛ ne dade honi* no yɛ nnaadaa,

Na honhom* biara nni wɔn mu.+

18 Wɔyɛ adehunu,*+ biribi a nkurɔfo hwɛ serew.

Sɛ wɔn akontaabu da ba a, wɔbɛsɛe.

19 Yakob Kyɛfa de, ɔnte sɛ eyinom,

Efisɛ Ɔno na ɔyɛɛ nneɛma nyinaa,

N’agyapade poma no mpo, ɔno na ɔyɛe.+

Asafo Yehowa ne ne din.”+

20 “Woyɛ m’aporibaa a mede kɔ ɔko, m’akode,

Efisɛ wo na mede wo bebubu amanaman.

Wo na mede wo bɛsɛe ahenni ahorow.

21 Wo na mede wo bebubu ɔpɔnkɔ ne nea ɔte no so.

Wo na mede wo bebubu ɔko teaseɛnam ne nea ɔte mu.

22 Wo na mede wo bebubu ɔbarima ne ɔbea.

Wo na mede wo bebubu akwakoraa ne abarimaa.

Wo na mede wo bebubu aberante ne ababaa.

23 Wo na mede wo bebubu oguanhwɛfo ne ne nguan.

Wo na mede wo bebubu okuafo ne ne mmoa a ɔde wɔn funtum asaase.

Wo na mede wo bebubu amradofo ne asoafo.

24 Na metua Babilon ne Kaldeafo nyinaa ka,

Bɔne a wɔayɛ wɔ mo anim wɔ Sion no nyinaa nti,”+ Yehowa asɛm ni.

25 “O bepɔw a wosɛe ade, me ne wo anya,”+ Yehowa asɛm ni,

“Wo a wosɛe asaase nyinaa;+

Mɛteɛ me nsa wɔ wo so, na mamunumunum wo afi abotan mu abɛhwe fam,

Na mɛma woayɛ bepɔw a ahyew.”

26 “Nnipa remfa ɔbo a wɔde bɛto ntwea so ne ɔbo a wɔde bɛto fapem mfi wo mu,

Efisɛ wobɛdan amamfo afebɔɔ,”+ Yehowa asɛm ni.

27 “Momma ahyɛnsode* so wɔ asaase no so.+

Mommɔ abɛn wɔ amanaman mu.

Munyi* amanaman no mma wɔne no nkɔko.

Momfrɛfrɛ Ararat+ ne Mini ne Askenas+ ahenni nkɔ no so.

Mompɛ obi a ɔbɛboaboa dɔm ano akɔ no so.

Momma apɔnkɔ mmra sɛ ntutummɛ manyamanya.

28 Munyi* amanaman no,

Media ahemfo,+ n’amradofo ne n’asoafo nyinaa,

Ne nsaase a wodi so nyinaa mma wɔne no nkɔko.

29 Na asaase bɛwosow na ahinhim,

Efisɛ adwene a Yehowa afa wɔ Babilon ho no bɛba mu

Ama Babilon asaase ayɛ biribi a ɛyɛ hu, na obiara rentena hɔ.+

30 Babilon mmarima a wonim ko no agyae ko.

Wɔtete wɔn abannennen mu.

Wɔn ahoɔden asa.+

Wɔayɛ sɛ mmea.+

Wɔde ogya ato n’afi mu.

Wɔabubu nea ɔde abrambram n’apon akyi no.+

31 Ommirikatufo baako tu mmirika kohyia ommirikatufo foforo,

Na ɔsomafo baako kohyia ɔsomafo foforo,

Na wɔkɔbɔ Babilon hene amanneɛ sɛ nkurɔfo adi ne kurow no nyinaa so,+

32 Na wɔafa baabi a wɔfa twa asu no nyinaa,+

Na wɔde ogya ahyew akorow a wɔde mmɛw* ayɛ no,

Na asraafo no abɔ hu.”

33 Na nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni:

“Babilon babea te sɛ awiporowbea.

Bere aso sɛ wotiatia no so tim fam.

Ɛrenkyɛ koraa na ne twabere adu.”

34 “Babilon hene Nebukadnesar* amene me;+

Wama m’adwene atu afra.

Wama mayɛ sɛ ade a hwee nni mu.

Wamene me te sɛ ɔwɔ kɛse bi;+

Ɔde me nneɛma pa ahyɛ ne yafunu ma.

Wahohoro me kɔ.

35 Nea ɔte Sion no ka sɛ, ‘Ayayade a wɔde yɛɛ me* no, ebi mmra Babilon so!’+

Na Yerusalem nso ka sɛ, ‘Me mogya mmra Kaldeafo so!’”

36 Enti nea Yehowa aka ni:

“Hwɛ, medi w’asɛm ama wo,+

Na metua no ka ama wo.+

Mɛma ɛpo a ɛda ne hɔ no ayow, na mama ne mmura ayoyow.+

37 Babilon bɛdan abo asum hɔ,+

Na ayɛ sakraman tenabea,+

Na ɛbɛdan biribi a ɛyɛ hu ne biribi a nkurɔfo bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ,*

Na obiara rentena hɔ.+

38 Wɔn nyinaa bɛbobom sɛ agyata;*

Wobepow te sɛ agyata mma.”

39 “Ɛda a wɔn akɔnnɔ bɛba no, mɛtow wɔn pon na mama wɔabobow,

Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛsɛpɛw wɔn.+

Afei wɔbɛda afebɔɔ,

Na wɔrensɔre bio,”+ Yehowa asɛm ni.

40 “Mede wɔn besian aba te sɛ nguan mma a wɔrekokum wɔn,

Te sɛ adwennini ne mpɔnkye.”

41 “Hwɛ sɛnea wɔakyere Sesak,*+

Hwɛ sɛnea wɔafa asaase nyinaa Ayeyi no!+

Hwɛ sɛnea Babilon adan biribi a ɛyɛ hu wɔ amanaman no mu!

42 Ɛpo atwiw afa Babilon so.

N’asorɔkye bebrebe no akata no so.

43 Ne nkurow adan biribi a ɛyɛ hu, asaase a nsu nni so ne anwea pradadaa.

Asaase a obiara rentena so, na onipa biara rentwam mfa hɔ.+

44 Metu m’ani asi Bel so+ wɔ Babilon,

Na nea wamene no, mɛma wafe aba.+

Amanaman remmom yuu nkɔ ne nkyɛn bio,

Na Babilon fasu bedwiriw agu.+

45 Me man, mumfi ne mu!+

Munguan mpere mo nkwa*+ mfi Yehowa abufuhyew mu!+

46 Mommma mo koma nntu, na mommmɔ hu, amanneɛbɔ a mobɛte wɔ asaase no so nti.

Afe baako, amanneɛbɔ no bɛba,

Na afe a edi hɔ no, mobɛte amanneɛbɔ foforo,

Ɛyɛ awudisɛm a ɛwɔ asaase no so ne sodifo a wasɔre atia sodifo foforo ho amanneɛbɔ.

47 Enti hwɛ! nna bi reba,

Saa bere no, metu m’ani asi Babilon ahoni no so.

N’asaase nyinaa anim begu ase,

Na nkurɔfo a wobekunkum wɔn no bɛtotɔ wɔ ne mu.+

48 Ɔsoro ne asaase ne nea ɛwom nyinaa

Bɛto Babilon ho ahurusi dwom,+

Efisɛ asɛefo no befi atifi fam aba no so,”+ Yehowa asɛm ni.

49 “Ɛnyɛ Israelfo a wɔakunkum wɔn no nko ara na Babilon ma wɔtotɔe,+

Na mmom asaase sofo a wɔakunkum wɔn no nyinaa nso totɔe wɔ Babilon.

50 Mo a moaguan afi sekan ano, monkɔ. Munnnyina hɔ!+

Mumfi akyirikyiri nkae Yehowa,

Na monkae Yerusalem nso wɔ mo koma mu.”+

51 “Wɔagu yɛn anim ase, efisɛ yɛate adapaatwa.

Aniwu akata yɛn anim,

Efisɛ ahɔho* aba Yehowa fi kronkronbea no so.”+

52 “Enti hwɛ! nna bi reba,” Yehowa asɛm ni,

“Saa bere no metu m’ani asi n’ahoni no so,

Na wɔn a wɔapirapira no bɛpenepene* wɔ n’asaase nyinaa so.”+

53 “Sɛ Babilon foro kɔ soro,+

Na ɔma n’abantenten yɛ den sɛ dɛn mpo a,

Me nkyɛn na n’asɛefo no befi aba,”+ Yehowa asɛm ni.

54 “Tie! Wɔte nteɛteɛm wɔ Babilon,+

Ɔsɛe kɛse nnyigyei wɔ Kaldeafo asaase so,+

55 Efisɛ Yehowa resɛe Babilon,

N’ano denneennen no, ɔbɛma waka atom,

Na wɔn asorɔkye bebu afa so te sɛ nsu pii.

Wɔbɛte wɔn nne nnyigyei no.

56 Na ɔsɛefo no bɛba Babilon so;+

Wɔbɛkyere ne mmarima a wonim ko no.+

Wobebubu wɔn agyan mu pasaa,

Efisɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a otua bɔne so ka.+

Nea ɛte biara, obetua ka.+

57 Mɛma ne mpanyimfo ne n’anyansafo abobow,+

N’amradofo ne n’asoafo ne ne mmarima a wonim ko no.

Na wɔbɛda afebɔɔ,

Na wɔrensɔre bio,”+ Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no na waka.

58 Nea asafo Yehowa aka ni:

“Babilon fasu trɛw, nanso wobedwiriw ne nyinaa agu,+

N’apon yɛ atenten, nanso wɔde ogya bɛhyew.

Aman no bɛbrɛ agu kwa;

Amanaman no bɛbrɛ wɔn ho ayɛ adwuma, nanso ogya na ɛbɛhyew no.”+

59 Akwankyerɛ yi na odiyifo Yeremia de maa Maseia ba Neria ba+ Seraia, bere a ɔne Yuda hene Sedekia kɔɔ Babilon, n’ahenni afe a ɛto so anan mu no. Seraia na na ɔhwɛ ɔhene nneɛma so.* 60 Yeremia kyerɛw mmusu a ɛbɛba Babilon so no nyinaa wɔ nhoma baako mu, nsɛm a ɔkyerɛw tiaa Babilon yi nyinaa. 61 Bio nso, Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: “Sɛ wudu Babilon, na wuhu kurow no a, kenkan nsɛm yi nyinaa den. 62 Na ka sɛ, ‘O Yehowa, wo na wokae sɛ kurow yi bɛsɛe, na obiara rentena mu, onipa ne aboa nyinaa. Na ɛbɛdan amamfo afebɔɔ.’+ 63 Na sɛ wokenkan nhoma yi wie a, fa kyekyere ɔbo na tow to Eufrate bun mu. 64 Afei ka sɛ, ‘Saa na Babilon bɛmem a ɛrensɔre bio da,+ mmusu a mede reba no so no nti; na wɔbɛbotow.’”+

Ɛha na Yeremia nsɛm no si.

52 Sedekia+ bedii hene no, na wadi mfe 21, na odii ade mfe 11 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal,+ na na ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea Yehoiakim yɛe no ara.+ 3 Yehowa abufuw nti na eyinom sisii wɔ Yerusalem ne Yuda kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim kyenee.+ Na Sedekia tew Babilon hene so atua.+ 4 Sedekia ahenni afe a ɛto so akron, bosome a ɛto so du, bosome no da a ɛto so du no, Babilon hene Nebukadnesar* ne n’asraafo nyinaa baa Yerusalem so. Wɔkyekyee wɔn asoɛe wɔ kurow no ho, na wosii akoban* twaa ho nyinaa hyiae.+ 5 Wɔkaa kurow no mufo hyɛɛ wɔn kurow no mu kosii Ɔhene Sedekia ahenni afe a ɛto so 11 mu.

6 Bosome a ɛto so anan no da a ɛto so akron no,+ ɔkɔm no mu yɛɛ den wɔ kurow no mu, na na aduan biara nni hɔ mma asaase no sofo.+ 7 Ewiee ase no, wobuu kurow no fasu guu mu, na asraafo no nyinaa guan fii kurow no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɔpon a ɛda afasu abien no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba kwan so. Saa bere no nyinaa, na Kaldeafo no atwa kurow no ho ahyia.+ 8 Na Kaldea asraafo no de mmirika taa Ɔhene Sedekia,+ na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko sare so, na n’asraafo a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hwetee. 9 Ɛnna wɔkyeree ɔhene no, na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla wɔ Hamat asaase so, na obuu no atɛn. 10 Na Babilon hene kunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na okunkum Yuda mpanyimfo no nyinaa nso wɔ Ribla hɔ. 11 Ɛnna Babilon hene sɛee Sedekia ani maa n’ani furae.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon, na ɔde no too afiase kosii da a owui.

12 Bosome a ɛto so anum, bosome no da a ɛto so du, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadnesar* ahenni afe a ɛto so 19 no, awɛmfo so panyin Nebusaradan a ɔyɛ Babilon hene somfo no baa Yerusalem.+ 13 Ɔhyew Yehowa fi+ ne ɔhene fi* no ne Yerusalem afi nyinaa dwerɛbee. Afei nso, ɔhyew afi akɛse nyinaa dwerɛbee. 14 Na Kaldea asraafo a wɔka awɛmfo so panyin no ho no nyinaa dwiriw Yerusalem afasu a atwa ho ahyia no gui.+

15 Na awɛmfo so panyin Nebusaradan faa mmɔborɔwafo a wɔwɔ ɔman no mu no bi, ne ɔmanfo a wɔaka wɔ kurow no mu no, na otuu wɔn ase de wɔn kɔe. Ɔsan faa wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa Babilon hene, ne adwumfo a wɔaka a wonim adwuma yiye no kaa ho.+ 16 Nanso awɛmfo so panyin Nebusaradan gyaw ɔman no mu ahiafo a wonni hwee no bi sɛ wɔnyɛ bobe mfuw mu adwuma ne nkoadwuma.+

17 Na Yehowa fi hɔ kɔbere adum,+ ne trɔk a wɔde twe nsu,+ ne kɔbere Po+ a ɛwɔ Yehowa fi hɔ no, Kaldeafo no bubuu no asinasin, na wɔde kɔbere no nyinaa kɔɔ Babilon.+ 18 Na nea wɔde sesaw nsõ, sofi, adumgya, nkankyee,+ nkuruwa,+ ne kɔbere nneɛma a wɔde yɛ adwuma wɔ asɔrefi hɔ no nyinaa, wɔsesaw ɛno nso kɔe. 19 Na asɛn+ ne nkankyee a wɔde ogya gu mu ne nkankyee ne nea wɔde sesaw nsõ ne nkaneadua+ ne nkuruwa ne nkankyee a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ ne nea wɔde dwetɛ amapa ayɛ no,+ awɛmfo so panyin no sesaw kɔe. 20 Na adum abien no, Ɛpo no, kɔbere anantwi 12+ a Ɛpo no si wɔn so, ne trɔk a wɔde twe nsu a Ɔhene Solomon yɛ maa Yehowa fi no, kɔbere a wɔde yɛe no dodow nti, wɔantumi ankari.

21 Adum no, na ebiara tenten yɛ basafa 18,* na hama a ne tenten yɛ basafa 12 na etwa ho hyia.+ Ná ne sin anim yɛ nsateaa ano* anan, na na tokuru da mu. 22 Adum no ntaaso no, kɔbere na wɔde yɛe; ntaaso no baako tenten yɛ basafa anum;+ atena ne granate akutu* a etwa ntaaso no ho hyia no, kɔbere na wɔde yɛɛ ne nyinaa. Edum a ɛto so abien no nso, saa ara na na ɛte, ɛne granate akutu no nyinaa. 23 Ná granate akutu a ɛwowɔ ho no yɛ 96; wɔka ne nyinaa bom a, granate akutu 100 na na atwa atena no ho ahyia.+

24 Bio nso, awɛmfo so panyin no faa ɔsɔfo panyin Seraia+ ne n’abadiakyiri ɔsɔfo Sefania+ ne apon ano ahwɛfo baasa no de wɔn kɔe.+ 25 Nnipa a ɔfaa wɔn fii kurow no mu kɔe no bi nso ne ahemfi panyin baako a ɔda asraafo no ano, ne mmarima baason a wɔwɔ kurow no mu a wɔne ɔhene tu agyina, ne ɔsahene no kyerɛwfo a ɔboaboa dɔm ano wɔ asaase no so, ne ɔmanfo no mu mmarima 60 a na wɔda so wɔ kurow no mu. 26 Awɛmfo so panyin Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla. 27 Na Babilon hene kunkum wɔn wɔ Ribla+ wɔ Hamat asaase so. Saa na ɛyɛe a wotuu Yudafo ase fii wɔn asaase so kɔɔ obi man so.+

28 Eyi ne nnipa dodow a Nebukadnesar* tuu wɔn ase de wɔn kɔe: afe a ɛto so ason no mu, Yudafo 3,023.+

29 Nebukadnesar* ahenni afe a ɛto so 18 mu no,+ nnipa* 832 na wɔfaa wɔn fii Yerusalem kɔe.

30 Nebukadnesar* ahenni afe a ɛto so 23 mu no, Yudafo a awɛmfo so panyin Nebusaradan tuu wɔn ase de wɔn kɔe no yɛ nnipa* 745.+

Nnipa* a wotuu wɔn ase de wɔn kɔe nyinaa si 4,600.

31 Bere a wɔkyeree Yuda hene Yehoiakin kɔe no, afe a ɛto so 37,+ bosome a ɛto so 12 no da a ɛto so 25 no, Babilon hene Ewil-Merodak, afe a ɔbɛyɛɛ ɔhene no, ogyaa Yuda hene Yehoiakin,* na oyii no fii afiase.+ 32 Ɔne no kasae kama, na ɔmaa n’ahengua so sen ahemfo a aka a wɔka ne ho wɔ Babilon no nhengua. 33 Enti Yehoiakin yii n’afiase ntaade, na ne nkwa nna nyinaa, odidii wɔ ɔhene pon so daa. 34 Wɔde aduan fii Babilon hene nkyɛn brɛɛ no da biara, ne nkwa nna nyinaa, kosii ɛda a owui.

Ebetumi akyerɛ “Yehowa Na Ɔhyɛ Anuonyam.”

Anaa “ɛnna miyii wo.”

Nt., “wunnya mfii awotwaa mu mmae no.”

Anaa “miyii wo maa dwumadi titiriw bi.”

Anaa “abarimaa.”

Nt., “nea wanyan.”

Anaa “manyan wɔ m’asɛm ho.”

Anaa “dadesɛn a ano so.”

Nt., “wɔrebɔ mu,” kyerɛ sɛ, ogya a ɛwɔ ase no, wɔrefita mu.

Nt., “bɔ w’asen.”

Anaa “wɔrentumi nni wo so nkonim.”

Anaa “Mekae ɔdɔ a enni huammɔ a wode dɔɔ me.”

Anaa “anyame.”

Anaa “nsupɔw.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ mmura a wotui wɔ abo mu.

Anaa “adɛn nti na wɔde no ama nkurɔfo, a wɔrefom no yi?”

Anaa “Agyatanini.”

Anaa “Memfis.”

Kyerɛ sɛ, Asubɔnten Nil no nkorabata bi.

Anaa “Memfis.”

Anaa “soda a wɔde yɛ samina.”

Anaa “Hwɛ wo kwan.”

Anaa “afurumbere.”

Anaa “Ne kra akɔnnɔ mu no.”

Nt., “Ne bosome.”

Anaa “ananafo anyame.”

Anaa “ne bɛlt.”

Anaa “bɔne akwan.”

Anaa “akra ahiafo.”

Nt., “Arabiani.”

Nt., “Wo moma so.”

Anaa “awaregyae korakora ho krataa.”

Anaa “ne kra teɛ.”

Nt., “w’akwan.”

Anaa “ananafo anyame.”

Ebetumi nso akyerɛ, “mo kunu.”

Nt., “amanaman asraafo.”

Nt., “ne hokafo.”

Anaa “anyame a wɔn ho yɛ aniwu.”

Anaa “frankaa.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Mommobɔ mo koko.”

Anaa “nanso sekan ato yɛn kra.”

Ɛyɛ anwensɛm a wɔde ka ɔman no ho asɛm te sɛ onipa. Ebia wɔde rekyerɛ tema ne ayamhyehye.

Kyerɛ sɛ, nnipa a wɔkɔtetɛw kurow bi hwɛ bere a eye sɛ wɔtow hyɛ so.

Anaa “Me yam hyehye me! Me yam hyehye me!”

Nt., “me koma afasu mu.”

Anaa “me kra ate.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔko nteɛm.”

Anaa “frankaa.”

Anaa “wɔyɛ anyansafo.”

Anaa “Merennu me ho.”

Anaa “merensan mfi ho.”

Anaa “Wototoo w’ani akyi.”

Anaa “wɔrehwehwɛ wo kra.”

Anaa “me kra abrɛ.”

Nt., “wɔanyɛ mmerɛw.”

Anaa “me kra yɛ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Onni hɔ.”

Kyerɛ sɛ, Onyankopɔn asɛm.

Nt., “nkwaseafo a mo koma nni hɔ.”

Ná efi ase fi October mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.

Ná efi ase fi April mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “me kra yɛ.”

Nt., “Montew mo ho.”

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Anaa “me kra atwe ne ho.”

Nt., “Wontwaa wɔn aso twetia.”

Nt., “Wɔn a wɔadi nna amee.”

Anaa “Wɔnteɛ wɔn ho nsa me man akuru yiye.”

Anaa “Wonnim fɛre baako sɛɛ!”

Anaa “mo kra ho nnwo no.”

Anaa “m’akwankyerɛ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛyɛ afifide bi a ɛyɛ huam. Nanso obiara nhyɛ da nnim afifide pɔtee a ɛyɛ.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, Yeremia.

Ade a ɔtomfo de fita ogya mu ma ɛsɔ kɔɔ.

Ɛyɛ dade bi a emu yɛ duru.

Nt., “Eyinom,” kyerɛ sɛ, adan a ɛwɔ asɔrefi hɔ nyinaa.

Anaa “mfi mmeresanten nkosi mmeresanten.”

Anaa “ahyew afɔrebɔde.”

Nt., “mesɔree anɔpatutuutu ne mo kasae.”

Abodin a wɔde maa onyamebea a na Israelfo awaefo som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebea a ɔma awo.

Anaa “wɔyɛ me bɔne; wohuru me bo.”

Anaa “afotu.”

Nt., “mesɔre somaa wɔn da biara anɔpatutuutu.”

Nt., “wɔmaa wɔn kɔn yɛɛ den.”

Nt., “wɔatwa afi wɔn anom.”

Anaa “woahyira so.”

Anaa “kwadwom.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Gehenna.”

Anaa “ɛmmaa m’adwenem da.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Gehenna.”

Anaa “bɔɔla.”

Anaa “ne bere a wɔahyɛ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “belebele; nantwinoma.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “Wɔnteɛ wɔn ho nsa me man babea akuru yiye.”

Anaa “Wonnim fɛre baako sɛɛ!”

Anaa “bekisã; beguan.”

Anaa “nkũ a ɛma obi ho dwo no fɔmm.”

Anaa “oduruyɛfo.”

Anaa “asuti.”

Anaa “me kra yɛ.”

Anaa “kwadwom.”

Anaa “m’akwankyerɛ.”

Anaa “mede sii wɔn anim no.”

Anaa “kwadwom.”

Anaa “kwadwom.”

Anaa “bɔɔla.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “watwa ne dua.”

Anaa “ahuhude.”

Anaa “sosɔw.”

Anaa “asae; abɔsobaa.”

Anaa “ahuhude.”

Nky. 11 no, wodii kan kyerɛwee wɔ Aram kasa mu.

Anaa “suwusiw.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Wayiyi akwan ama osu.”

Anaa “honi a wɔagu.”

Anaa “ahome.”

Anaa “ahuhude.”

Anaa “mede ataabo rebɛtow.”

Anaa “ntampehama.”

Ɛbɛyɛ sɛ Yeremia na wɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ no.

Anaa “Ɛnyɛ hɔ.”

Nt., “mesɔre anɔpatutuutu kasa kyerɛ wɔn.”

Anaa “wɔhyew afɔrebɔde.”

Anaa “onyame a ne ho yɛ aniwu.”

Anaa “mohyew afɔrebɔde.”

Kyerɛ sɛ, Yeremia.

Kyerɛ sɛ, afɔre a wɔbɔ wɔ asɔrefi hɔ no.

Anaa “sɛnea onipa te nka wɔ ne mu.” Nt., “asaabo.”

Anaa “kra.”

Anaa “wɔn koma.” Nt., “asaabo.”

Anaa “hyira wɔn so ma okum da no.”

Anaa “bekisa.”

Anaa “nea me kra dɔ no paa no.”

Anaa “bobeturo.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Ɛredi awerɛhow.”

Anaa “akwan a asɛe.”

Nt., “ɔhonam biara.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “m’anuonyam.”

Anaa “me kra asu.”

Anaa “ɔbaapanyin.”

Anaa “Wɔaka wɔn a wɔwɔ anaafo fam no ahyɛ wɔn nkurow mu.”

Anaa “awoko yaw.”

Anaa “Etiopiani.”

Anaa “wo tuutuusi a ɛyɛ aniwu.”

Anaa “afide.”

Anaa “wɔn mu nkumaa.”

Anaa “nsuka; mmura.”

Anaa “wodi mmuada.”

Anaa “ɔyare.”

Anaa “wo kra kyi.”

Anaa “me kra ani rensɔ ɔman yi.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Atemmu ahorow anan.” Nt., “Mmusua anan.”

Ebetumi nso akyerɛ, “San ara na woresan w’akyi.”

Anaa “Mede nkorata behuw.”

Ebinom nso frɛ no “atoko.”

Anaa “Ne kra ahome.”

Ebetumi nso akyerɛ, “N’awia no ani awu, na afɛre.”

Nt., “Mfa me nkɔ.”

Anaa “wode atemmusɛm ahyɛ me ma.”

Anaa “Wobɛyɛ me kasamafo.”

Anaa “wɔrentumi nni wo so nkonim.”

Anaa “Nware yere.”

Anaa “bɔɔla.”

Ɛyɛ awufo ho amanne bi a na abosonsomfo yɛ; ɛbɛyɛ sɛ na Israelfo a wɔaman afi Onyankopɔn som ho yɛ bi.

Anaa “afarefo; apofofo.”

Nt., “m’ani hu wɔn akwan nyinaa.”

Nt., “wɔn ahoni afunu.”

Anaa “akurukyerɛw.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “Efisɛ wɔasɔ mo mu gya wɔ m’abufuw mu.”

Anaa “ɔbarima a ne ho yɛ den.”

Nt., “Nea ɔde ɔhonam ayɛ ne basa.”

Anaa “ɔbarima a ne ho yɛ den.”

Anaa “okontomponi.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wosa no yare a, ɛnyɛ yiye.”

Anaa “sɛnea onipa te nka wɔ ne mu.” Nt., “asaabo.”

Anaa “Nea onnya ne ho wɔ trenee so no.”

Nt., “Wɔn a wɔwae fi me ho,” kyerɛ sɛ, Yehowa ho.

Anaa “sɛe wɔn na sɛe wɔn bio.”

Anaa “mo kra.”

Nt., “Wɔmaa wɔn kɔn yɛɛ den.”

Anaa “anaafo.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “anwenne.”

Anaa “anwenne.”

Nt., “sɛnea ɛfata wɔ ɔnwemfo no ani so sɛ ɔbɛyɛ”

Anaa “menu me ho.”

Anaa “menu me ho.”

Nt., “mereyɛ mmusu bi.”

Anaa “yebedi yɛn ankasa nsusuwii akyi.”

Anaa “wɔhyew afɔrebɔde.”

Anaa “mfikyikwan a wɔmpaee so.”

Nt., “Biribi a wɔbɛhwɛ abɔ hwirema.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Nt., “yɛmfa yɛn tɛkrɛma mmoro no.”

Anaa “kra.”

Anaa “sekan tumi.”

Anaa “Nhina a Abobɔ; Nkuku a Abobɔ; Nyowa a Abobɔ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɛmmaa me tirim da.”

Anaa “wɔpɛ sɛ wogye wɔn kra.”

Nt., “biribi a wɔbɛhwɛ abɔ hwirema.”

Nt., “na wabɔ hwirema.”

Anaa “wɔpɛ sɛ wogye wɔn kra.”

Nt., “wɔmaa wɔn kɔn yɛɛ den.”

Anaa “sɛnea onipa te nka wɔ ne mu.” Nt., “asaabo.”

Anaa “mmɔborɔwa kra.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Ebetumi nso akyerɛ, “Kaldeafo no.”

Anaa “ɔyare.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “wɔpɛ sɛ wogye wɔn kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “biribi a wɔanya wɔ ɔko mu; ɔbɛfa ne ho adi.”

Anaa “asaasetraa so.”

Anaa “ahemfi.”

Nt., “mehyira asɛefo so.”

Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoahas no.

Anaa “awoko yaw.”

Nt., “awo mu yaw.”

Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoiakin anaa Yekonia no.

Anaa “wɔpɛ sɛ wogye wo kra.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “asaase a wɔma wɔn kra so kyerɛ no no.”

Anaa “mɛma ɔdedifo bi so.”

Anaa “Ne bere so no.”

Anaa “akisa.”

Anaa “yɛ awaefo.”

Nt., “Wɔhyɛ abɔnefo nsa den.”

Anaa “Wɔrema mo anya anidasohunu.”

Anaa “Menhyɛɛ ɔsoro ne asaase nyinaa ma anaa?”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “asae; abɔsobaa.”

Anaa “asɛm a emu yɛ duru?” Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ ase “adesoa” wɔ ha yi betumi akyerɛ “Onyankopɔn atemmusɛm a emu yɛ duru” anaa “biribi a emu yɛ duru.”

Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”

Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”

Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”

Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”

Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”

Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoiakin anaa Konia no.

Ebetumi nso akyerɛ, “abantofo.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “Asɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Yuda man nyinaa ne Yerusalemfo nyinaa ni.”

Nt., “mesɔree anɔpatutuutu ne mo kasae.”

Nt., “Ɔsɔree anɔpatutuutu somaa wɔn.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Nt., “biribi a nkurɔfo bɛhwɛ abɔ hwirema.”

Anaa “owiyammo.”

Anaa “mɛtwe Babilon hene ne saa ɔman no aso wɔ wɔn bɔne ho.”

Nt., “biribi a nkurɔfo bɛhwɛ abɔ hwirema.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Babel (Babilon) bere a wɔmpɛ sɛ obiara behu sɛ Babel (Babilon) ho asɛm na wɔreka.

Nt., “ɔhonam.”

Anaa “bɔɔla.”

Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”

Anaa “bɛkotow.”

Anaa “ka nsɛm a mɛhyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn.”

Anaa “menu me ho.”

Anaa “m’akwankyerɛ.”

Nt., “mesɔre soma wɔn da biara anɔpatutuutu.”

Anaa “ahemfi.”

Anaa “obenu ne ho.”

Anaa “asɔrefi no bepɔw.”

Anaa “odwudwoo Yehowa bo.”

Anaa “onuu ne ho.”

Anaa “yɛn kra.”

Nt., “mede ma obiara a ɛteɛ m’ani so sɛ mede bɛma no.”

Nt., “ahome.”

Anaa “ahemfi.”

Kyerɛ sɛ, kɔbere Po a ɛwɔ asɔrefi hɔ no.

Anaa “ahemfi.”

Nt., “nna mfe.”

Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”

Anaa “ɔbaapanyin.”

Ebetumi nso akyerɛ, “abantofo.”

Anaa “ɔyare.”

Ebetumi nso akyerɛ, “borɔdɔma a apae.”

Nt., “biribi a wɔbɛhwɛ abɔ hwirema.”

Nt., “mesɔre somaa wɔn anɔpatutuutu.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “fa dade bram ne kɔn akyi.”

Anaa “de ne nsa asi n’asen.”

Nt., “Ɛda no yɛ da kɛse.”

Anaa “ananafo.”

Anaa “wɔn.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Mɛhyɛ wɔn anuonyam.”

Nt., “hena na ɔde ne koma besi awowa.”

Anaa “Ɛno nti na makɔ so ada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wo no.”

Anaa “Na woasaw sɛ wɔn a wɔresereserew.”

Anaa “nsubon.”

Anaa “obeyi no.”

Anaa “nneɛma pa.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “Wɔn kra bɛyɛ.”

Anaa “asɔfo no akra.”

Nt., “srade.”

Anaa “ne mma.”

Nt., “me nsono mu.”

Anaa “ɔkra a wabrɛ.”

Anaa “ɔkra biara.”

Anaa “na medua nnipa ne ayɛmmoa sɛ aba wɔ Israel fi ne Yuda fi.”

Anaa “bobe a ɛmmeree.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔn kunu.”

Anaa “srade nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa srade a adi afra.

Anaa “asaasetraa a wɔtow afunu ne nsõ gu so.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “ahemfi.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Nt., “gu wɔn mma a wodi wɔn akyi kokom.”

Anaa “W’atirimpɔw kyɛn so.”

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Anaa “ɔyare.”

Nt., “ɔhonam.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Nt., “Mesɔree anɔpatutuutu kyerɛkyerɛɛ wɔn.”

Anaa “na ateɛ no so.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Gehenna.”

Anaa “wɔbɛma wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea afa ogya mu.”

Anaa “ɛmmaa m’adwenem da.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nneɛma papa.”

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Anaa “ama me ho ayɛ fɛ.”

Anaa “mɛma ɔdedifo bi asɔre.”

Nt., “aba.”

Anaa “m’ahyɛde.”

Nt., “aba.”

Nt., “n’aba.”

Nt., “aba.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Nt., “ɛnnɛ.”

Anaa “sɛnea wɔn kra pɛ.”

Anaa “ɔyare.”

Anaa “wɔpɛ sɛ wogye wɔn kra.”

Anaa “wɔpɛ sɛ wogye wɔn kra.”

Nt., “Yonadab.” Ɛyɛ Yehonadab a wɔatwa no tiaa.

Anaa “bobeturo.”

Nt., “Yonadab.” Ɛyɛ Yehonadab a wɔatwa no tiaa.

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Nt., “mesɔree anɔpatutuutu ne mo kasae.”

Nt., “mesɔree anɔpatutuutu somaa wɔn.”

Nt., “Yonadab.” Ɛyɛ Yehonadab a wɔatwa no tiaa.

Anaa “wobedi mmuada.”

Anaa “ahemfi.”

Anaa “ahemfi mpanyimfo.”

November bosome no fã a etwa to ne December bosome no mfiase. Hwɛ Nkh. B15.

Nt., “n’aba.”

Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoiakin anaa Yekonia no.

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “mo kra.”

Nt., “wɔde no kɔtoo nkɔnsɔnkɔnsɔn fi.”

Nt., “abura dan.”

Anaa “n’ahemfi.”

Anaa “ɔyare.”

Anaa “kra.”

Anaa “biribi a wɔanya wɔ ɔko mu.”

Nt., “rema wɔn nsam agow.”

Anaa “opiani.”

Anaa “ahemfi.”

Anaa “ahemfi.”

Anaa “ɔbɔɔ yɛn kra.”

Anaa “wɔrehwehwɛ wo kra.”

Anaa “wo kra bɛtena nkwa mu.”

Anaa “wo kra akɔ so.”

Anaa “ahemfi.”

Nt., “Nnipa a wo ne wɔn te asomdwoe mu no.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Tete Hebri nkyerɛwee no bi wɔ hɔ a, sɛɛ na wɔkyerɛw edin no: Nergal-Sareser, Samgar-Nebo, Sarsekim, Rabsaris.

Anaa “nkonyaayifo panyin (nsoromma mu hwɛfo panyin).”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “ahemfi.”

Ebetumi nso akyerɛ, “nkoadwuma.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “ahemfi panyin.”

Anaa “nkonyaayifo panyin (nsoromma mu hwɛfo panyin).”

Anaa “kra.”

Anaa “Wubenya wo nkwa sɛ biribi a wɔanya wɔ ɔko mu; Wobɛfa wo ho adi.”

Nt., “megyina wɔn anim ama mo.”

Anaa “ɔmmɛbɔ wo kra?”

Anaa “ɔbɔ wo kra.”

Nt., “ahenni aba.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Anaa “atirimɔdensɛm.”

Ebetumi nso akyerɛ, “nsu pii.”

Ɔno ara ne Yaasania wɔ 2Ah 25:23. Ɔno ara nso na wɔfrɛ no Asaria wɔ Yer 43:2 no.

Anaa “ɛbɛyɛ me yaw.”

Anaa “mokɔ kɔtena hɔ kakra.”

Anaa “ɔyare.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “ɔkra biara.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “asɔrefi.”

Anaa “obefi hɔ akɔ a obiara renyɛ no hwee.”

Anaa “abo adum.”

Anaa “Owia Fi (Owia Asɔrefi),” kyerɛ sɛ, Heliopoli.

Anaa “asɔrefi.”

Anaa “Memfis.”

Nt., “mesɔree anɔpatutuutu somaa wɔn.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “empusuw wɔn.”

Anaa “ɔyare.”

Anaa “Wɔbɛma wɔn kra so.”

Abodin a wɔde ma onyamebea a Israelfo awaefo som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebea a ɔma awo.

Abodin a wɔde ma onyamebea a Israelfo awaefo som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebea a ɔma awo.

Abodin a wɔde ma onyamebea a Israelfo awaefo som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebea a ɔma awo.

Abodin a wɔde ma onyamebea a Israelfo awaefo som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebea a ɔma awo.

Anaa “wɔrehwehwɛ ne kra.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “ɔrehwehwɛ ne kra.”

Anaa “Masi apini abrɛ.”

Nt., “ɔhonam.”

Anaa “wo kra.”

Anaa “bɛma wo sɛ biribi a wɔanya wɔ ɔko mu.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Akyɛm nketewa a agyantofo taa kura.

Nt., “wotiatia so.”

Anaa “bekunkum.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “Memfis.”

Nt., “bere a wɔahyɛ no.”

Kyerɛ sɛ, nea obedi Egypt so no.

Anaa “Memfis.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Ɛbɛdan amamfo.”

Anaa “nantwibere a onnyinii pii.”

Ɛyɛ ntummoa bi a wɔkeka.

Anaa “wɔreboaboa nnua ano.”

Kyerɛ sɛ, Thebes.

Anaa “wɔrehwehwɛ wɔn kra.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Nt., “w’aba.”

Anaa “n’apɔnkɔnini.”

Kyerɛ sɛ, Kreta.

Kyerɛ sɛ, wɔde awerɛhow ne aniwu beyi wɔn ti nwi.

Anaa “wɔ ne bon mu.”

Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nhoma na wɔtaa de yɛ.

Anaa “abantenten.”

Anaa “kra.”

Anaa “Obon.”

Anaa “bepɔw so asaase tratraa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “asaase a ɛso awo so.”

Anaa “bepɔw so asaase tratraa.”

Nt., “abɛn.”

Anaa “basa.”

Anaa “ɛbɛyow.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “begyigye ama.”

Kyerɛ sɛ, atɛntɛbɛn a wɔde bɔ awerɛhow nnwom wɔ ayi ase.

Anaa “agyigye ama.”

Kyerɛ sɛ, atɛntɛbɛn a wɔde bɔ awerɛhow nnwom wɔ ayi ase.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔko nteɛm.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wo bon.”

Nt., “aporɔw.”

Nt., “na wabɔ hwirema.”

Ebetumi aba sɛ ɛfa Edomfo ho.

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “baabiara.”

Nt., “n’ahoɔden mfiase.”

Anaa “wɔrehwehwɛ wɔn kra.”

Anaa “frankaa.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.

Anaa “mpapo.”

Anaa “abetwa ne ho mpasua.”

Anaa “asade.”

Anaa “nantwibere a onnyinii pii.”

Nt., “ɔbɛhwɛ abɔ hwirema.”

Nt., “mutiatia agyan so.”

Nt., “Wama ne nsa so.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “ne kra bedidi.”

Anaa “ɔsɛe.”

Anaa “Asae; Abɔsobaa.”

Ebinom nso frɛ no “atoko.”

Nt., “wotiatia agyan so.”

Nt., “bɛyɛ dinn.”

Anaa “atoro adiyifo.”

Ebetumi aba sɛ ɛfa Babilonfo ho.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Kaldea bere a wɔmpɛ sɛ obiara behu sɛ Kaldea ho asɛm na wɔreka.

Nt., “otiatia agyan so.”

Nt., “mmaa wɔnyɛɛ akunafo.”

Kyerɛ sɛ, Kaldeafo asaase.

Anaa “kra.”

Ebetumi nso akyerɛ, “monhyɛ mo agyan kotoku ma.”

Anaa “frankaa.”

Nt., “wo mfasonya kuruwa no ayɛ ma.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “suwusiw.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Wayiyi akwan ama osu.”

Anaa “honi a wɔagu.”

Anaa “ahome.”

Anaa “ahuhude.”

Anaa “frankaa.”

Nt., “Munhyira.”

Nt., “Munhyira.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Nt., “wɔde yɛɛ me ne me honam.”

Nt., “biribi a wɔbɛhwɛ abɔ hwirema.”

Anaa “agyatanini a wɔn ho yɛ den.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Babel (Babilon) bere a wɔmpɛ sɛ obiara behu sɛ Babel (Babilon) ho asɛm na wɔreka.

Anaa “kra.”

Anaa “ananafo.”

Anaa “besi apini.”

Anaa “ɔyɛ apiafohene.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “ahemfi.”

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Nsateaa ano baako yɛ sɛnt. 1.85 (ntk. 0.73). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “pomegranate.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “akra.”

Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.

Anaa “akra.”

Anaa “Akra.”

Nt., “ɔmaa Yuda hene Yehoiakin ti so.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena