DEUTERONOMIUM
1 Wei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa wɔ serɛ so wɔ Yordan mpɔtamu, kyerɛ sɛ, serɛ a ɛwɔ Suf anim wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot, ne Disahab ntam no. 2 Ɛfiri Horeb kɔfa Seir mmepɔ ho kɔ Kades-Barnea+ no yɛ nnafua 11 kwan. 3 Afe a ɛtɔ so 40,+ bosome a ɛtɔ so 11 no da a ɛdi kan no, Mose kaa deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ* no. 4 Saa berɛ no, na Mose* adi Amorifoɔ hene Sihon+ a ɔte Hesbon ne Basan hene Og+ a ɔte Astarot no nyinaa so nkonim wɔ Edrei.+ 5 Mose kyerɛkyerɛɛ Mmara+ yi mu wɔ Moab asaase so wɔ Yordan mpɔtamu hɔ sɛ:
6 “Yehowa yɛn Nyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ, ‘Moatena mmepɔ yi mu akyɛ.+ 7 Monnane mo ho nkɔfa Amorifoɔ+ mmepɔ so ne mmeaeɛ a ɛbembɛn Araba,+ mfimfini fam mmepɔ, Sefela, Negeb, ɛpo no ano,+ Kaananfoɔ asaase so, ne Lebanon,*+ nkɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho.+ 8 Monhwɛ, mede asaase no rema mo. Monkɔfa asaase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak,+ ne Yakob+ sɛ ɔde bɛma wɔne wɔn asefoɔ* a wɔbɛdi wɔn akyi aba no.’+
9 “Na meka kyerɛɛ mo saa berɛ no sɛ, ‘Me nko ara merentumi nhwɛ mo so.+ 10 Yehowa mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na nnɛ mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma.+ 11 Yehowa mo agyanom Nyankopɔn mma monnɔɔso+ mmɔho apem, na ɔnhyira mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no.+ 12 Ɛbɛyɛ dɛn na me nko ara matumi asoa mo haw duruduro no ne mo ntɔkwapɛ yi?+ 13 Monyi mo mmusuakuo mu mmarima anyansafoɔ a wɔn ani da fam na wɔwɔ suahunu, na memfa wɔn nsisi mo so.’+ 14 Ɛnna moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Deɛ woaka sɛ yɛnyɛ no yɛ ne kwan so.’ 15 Enti meyii wɔn a wɔdeda mo mmusuakuo ano, mmarima anyansafoɔ a wɔwɔ suahunu, yɛɛ wɔn mpanimfoɔ de wɔn sisii nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne du biara so, na meyii atitire wɔ mo mmusua so.+
16 “Saa berɛ no, meka kyerɛɛ atemmufoɔ a wɔwɔ mo mu no sɛ, ‘Sɛ moredi mo nuanom ntam asɛm a, mommu atɛntenenee+ wɔ obi ne ne nua anaa ɔne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu ntam.+ 17 Ɛnsɛ sɛ mohwɛ nnipa anim wɔ atemmuo mu.+ Ɔkɛseɛ ne kumaa nyinaa, montie wɔn asɛm pɛpɛɛpɛ.+ Ɛnsɛ sɛ mosuro nnipa anim,+ ɛfiri sɛ atemmuo no yɛ Onyankopɔn dea.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duru ma mo sɔre a, momfa mmrɛ me na menka.’+ 18 Saa berɛ no, mekyerɛɛ mo deɛ monyɛ nyinaa.
19 “Afei yɛtu firii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ serɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu+ a mohunuiɛ no so, na yɛfaa Amorifoɔ mmepɔ no ho,+ sɛdeɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn no, na yɛbɛduruu Kades-Barnea.+ 20 Afei meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Amorifoɔ mmepɔ a Yehowa yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ho na moaba yi. 21 Hwɛ, Yehowa mo Nyankopɔn de asaase no ama mo, enti monkɔfa sɛdeɛ Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+ Monnsuro, na mommmɔ hu.’
22 “Ɛnna mo nyinaa mobaa me nkyɛn bɛkaa sɛ, ‘Ma yɛnsoma mmarima mma wɔnni kan nkɔhwɛ asaase no na wɔmmɛkyerɛ yɛn kwan a yɛbɛfa so, ne nkuro a yɛrekɔ so.’+ 23 Mehuu sɛ ɛyɛ asɛmpa, enti meyii mmarima 12 firii mo mu, abusuakuo biara mu nipa baako.+ 24 Wɔde wɔn ani kyerɛɛ mmepɔ no so+ kɔduruu Eskol Bɔn ho, na wɔkɔhwɛɛ sɛdeɛ asaase no teɛ. 25 Afei wɔde asaase no so aba no bi bɛkyerɛɛ yɛn. Na wɔbɔɔ yɛn amanneɛ sɛ, ‘Asaase a Yehowa yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no yɛ.’+ 26 Nanso na mompɛ sɛ mokɔ asaase no so, na deɛ Yehowa mo Nyankopɔn kaeɛ no, moanni so.+ 27 Na monwiinwii wɔ mo ntomadan mu sɛ, ‘Yehowa tan yɛn nti na wayi yɛn afiri Egypt asaase so de yɛn abɛhyɛ Amorifoɔ nsa sɛ wɔntɔre yɛn ase. 28 Ɛhe na yɛrekɔ yi? Yɛn nuanom abɛtu* yɛn akoma+ sɛ: “Asaase no sofoɔ soso woware sene yɛn, na wɔwɔ nkuro akɛseɛ a ɛho aban duru soro,*+ na yɛhuu Anak+ mma nso wɔ hɔ.”’
29 “Ɛnna meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mommma mo akoma nntu, na monnsuro wɔn.+ 30 Yehowa mo Nyankopɔn bɛdi mo anim, na ɔbɛko ama mo+ sɛdeɛ mo ankasa mohuu sɛ ɔyɛ maa mo wɔ Egypt no.+ 31 Berɛ a Yehowa mo Nyankopɔn de mo bɔɔ ne bo sɛdeɛ ɔbarima de ne ba bɔ ne bo, na ɔde mo firii serɛ no so twaa kwan baa ha no, mohunuiɛ.’ 32 Deɛ mekaeɛ nyinaa akyi no, moannye Yehowa mo Nyankopɔn anni.+ 33 Nanso ɔno na ɔdii mo anim kɔhwɛɛ faako a mobɛtena. Sɛ ɛduru anadwo a, ɔnam gya so kyerɛ mo kwan, na awia nso ɔnam mununkum so.+
34 “Yehowa tee deɛ mokaeɛ nyinaa. Enti ne bo fuiɛ na ɔkaa ntam sɛ,+ 35 ‘Awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu barima baako mpo renhu asaase pa a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ 36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu, na mede asaase a ɔkɔɔ so no bɛma ɔne ne mma, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa* adi Yehowa akyi.+ 37 (Mo nti, Yehowa bo fuu me mpo, na ɔkaa sɛ, “Wo nso worenkɔ hɔ bi.+ 38 Nun ba Yosua a ɔgyina w’anim yi+ na ɔbɛkɔ asaase no so.+ Hyɛ no den,*+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛma Israelfoɔ afa asaase no.”) 39 Afei nso, mo mma nkumaa a ɛnnɛ wɔnnim papa ne bɔne a mokaa sɛ asaase no sofoɔ bɛsoa wɔn akɔ no,+ wɔn na wɔbɛkɔ asaase no so, na mede bɛma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ.+ 40 Na mo deɛ, monnane mo ho nkɔfa Ɛpo Kɔkɔɔ no ho nkɔ serɛ no so.’+
41 “Ɛnna moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne atia Yehowa. Afei deɛ, yɛbɛkɔ akɔko sɛdeɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn aka no!’ Enti mo nyinaa faa mo akodeɛ hyɛɛ mo ho susuu sɛ bepɔ no so kɔ yɛ mmerɛ.+ 42 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ka kyerɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na moamforo ankɔko, ɛfiri sɛ menka mo ho.+ Enti mokɔ a, mobɛdi nkoguo wɔ mo atamfo anim.”’ 43 Na me ne mo kasaeɛ, nanso moantie me na motwi faa Yehowa so sɛ morekɔ bepɔ no so. 44 Ɛnna Amorifoɔ a wɔte bepɔ no so no baa mo so na wɔtaa mo sɛ nwowa, na wɔbɔɔ mo hwete firii Seir kɔduruu Horma. 45 Afei mosan mo akyi bɛsu guu Yehowa so, nanso Yehowa antie na wammua mo. 46 Ɛno nti na motenaa Kades kyɛɛ saa no.
2 “Ɛnna yɛdanee yɛn ho kɔfaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ serɛ so, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ me no,+ na yɛde nna pii kyinkyinii Seir Bepɔ ho. 2 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, 3 ‘Moakyinkyini bepɔ yi ho akyɛ. Seesei monnane mo ani nkyerɛ atifi fam. 4 Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: “Morekɔfa mo nuanom Esau asefoɔ+ a wɔte Seir+ no hyeɛ so. Sɛ wɔhu mo a, ehu bɛka wɔn,+ enti monhwɛ mo ho yie. 5 Monhwɛ na mo ne wɔn anko,* na wɔn asaase no, meremfa anammɔn baako mpo mma mo, ɛfiri sɛ mede Seir Bepɔ ama Esau sɛ n’agyapadeɛ.+ 6 Aduane a mobɛdi biara momfa sika ntɔ mfiri wɔn hɔ, na nsuo a mobɛnom nso momfa sika ntɔ mfiri wɔn hɔ.+ 7 Deɛ moayɛ nyinaa Yehowa mo Nyankopɔn ahyira so. Ɔnim sɛdeɛ moanante serɛ kɛseɛ yi so. Yehowa mo Nyankopɔn adi mo akyi mfeɛ 40 yi nyinaa, na hwee nhiaa mo.”’+ 8 Enti yɛtwaam faa yɛn nuanom Esau asefoɔ+ a wɔte Seir no ho, na yɛtwaa Araba ne Elat ne Esion-Geber+ kwan gyaaeɛ.
“Afei yɛdanee yɛn ho de yɛn ani kyerɛɛ Moab+ serɛ so kwan no so. 9 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nhunahuna Moab na wo ne wɔn nnko, na wɔn asaase no, meremma wo bi ntena so, ɛfiri sɛ mede Ar ama Lot mma+ sɛ wɔn agyapadeɛ. 10 (Berɛ bi, na Emimfoɔ+ a wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfoɔ na wɔte hɔ. 11 Refaimfoɔ+ nso, na wɔte sɛ Anakfoɔ,+ na na Moabfoɔ frɛ wɔn Emimfoɔ. 12 Berɛ bi, Horifoɔ+ na na wɔte Seir, nanso Esau asefoɔ tuu wɔn firii hɔ tɔree wɔn ase, na wɔfaa wɔn asaase tenaa so,+ sɛdeɛ Israel nso bɛfa asaase a ɛyɛ agyapadeɛ a Yehowa de bɛma wɔn no.) 13 Afei monsɔre nkɔtwa Sered Bɔn no.’ Enti yɛkɔtwaa Sered Bɔn no.+ 14 Nna a yɛde nante firii Kades-Barnea kɔsii sɛ yɛtwaa Sered Bɔn no si mfeɛ 38, na saa berɛ no, ɔman no mu mmarima a wɔbɛtumi akɔ ɛko no nyinaa ase hyeeɛ, sɛdeɛ Yehowa kaa wɔn ntam no.+ 15 Yehowa tenee ne nsa wɔ wɔn so kɔsii sɛ ɔtɔree wɔn nyinaa ase firii ɔman no mu.+
16 “Berɛ a ɔman no mu mmarima a wɔbɛtumi akɔ ɛko no nyinaa wuwuiɛ no,+ 17 ɛhɔ ara na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ, 18 ‘Ɛnnɛ worekɔtwam wɔ Moab asaase Ar so. 19 Sɛ wobɛn Ammonfoɔ a, nhunahuna wɔn na nhyɛ wɔn abufuo nso, na Ammonfoɔ asaase no, meremma wo bi ntena so, ɛfiri sɛ mede ama Lot mma sɛ wɔn agyapadeɛ.+ 20 Ɛhɔ nso berɛ bi, na ɛyɛ Refaimfoɔ asaase.+ (Refaimfoɔ na na wɔte hɔ, na na Ammonfoɔ frɛ wɔn Samsumim. 21 Wɔyɛ nnipa a na wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfoɔ.+ Nanso Yehowa sɛee wɔn firii Ammonfoɔ anim, na wɔtuu wɔn faa wɔn asaase tenaa so. 22 Saa ara na ɔyɛ maa Esau asefoɔ a seesei wɔte Seir no.+ Ɔsɛee Horifoɔ+ firii wɔn anim, na ɔmaa wɔtuu wɔn faa wɔn asaase tenaa so, na wɔatena hɔ abɛsi nnɛ. 23 Awimfoɔ a berɛ bi na wɔtete Gasa+ nkuraaseɛ no deɛ, Kaftorimfoɔ+ a wɔfiri Kaftor* baeɛ no bɛsɛee wɔn, na wɔfaa wɔn asaase tenaa so.)
24 “‘Monsɔre nkɔtwa Arnon Bɔn no.+ Hwɛ, mede Hesbon hene Sihon+ a ɔyɛ Amorini no ahyɛ mo nsa. Enti momfiri aseɛ mfa n’asaase na mo ne no nko. 25 Ɛnnɛ mɛma aman a ɛwɔ ɔsoro ase a wɔbɛte mo nka nyinaa abɔ hu na wɔasuro mo. Na mo nti, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho ayera wɔn.’*+
26 “Afei metuu abɔfoɔ firii Kedemot+ serɛ so sɛ wɔnkɔka asomdwoeɛsɛm+ nkyerɛ Hesbon hene Sihon sɛ, 27 ‘Ma mentwam mfa w’asaase so. Kwantempɔn no ara so na mɛfa; meremmane nifa anaa benkum.+ 28 Aduane a wobɛtɔn ama me na mɛdi, na nsuo a wobɛtɔn ama me na mɛnom. Deɛ meresrɛ ara ne baabi a mede me nan bɛtia. 29 Saa ara na Esau asefoɔ a wɔte Seir ne Moabfoɔ a wɔte Ar yɛɛ me. Na wo nso yɛ me saa kɔsi sɛ mɛtwa Yordan akɔ asaase a Yehowa yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no so.’ 30 Nanso Hesbon hene Sihon amma yɛamfa n’asaase so, ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa kwan maa ɔsenee ne kɔn+ na ɔpirim n’akoma, na ama ɔde no ahyɛ mo nsa sɛdeɛ nnɛ mo ani tua yi.+
31 “Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, mafiri aseɛ redane Sihon ne n’asaase ama wo, enti firi aseɛ fa n’asaase no.’+ 32 Berɛ a Sihon ne ne dɔm nyinaa bɛhyiaa yɛn ne yɛn firii aseɛ koo wɔ Yahas no,+ 33 Yehowa yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, enti yɛdii ɔne ne mma ne ne manfoɔ nyinaa so nkonim. 34 Saa berɛ no, yɛko faa ne nkuro nyinaa sɛee no, na yɛkunkum emu mmarima, mmaa, ne mmɔfra nyinaa. Yɛannya onipa baako mpo.+ 35 Wɔn nyɛmmoa nko ara na yɛfaeɛ, na yɛnyaa nneɛma foforɔ nso wɔ nkuro a yɛko faeɛ no mu. 36 Ɛfiri Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bɔn no ho (ne kuro a ɛwɔ bɔn mu) kɔsi Gilead no, kuro biara nni hɔ a na ɛboro yɛn ahoɔden so. Yehowa yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.+ 37 Nanso Ammonfoɔ asaase+ no, Yabok+ Bɔn no ho nyinaa, ne bepɔ no so nkuro, ne baabiara a Yehowa yɛn Nyankopɔn kaa sɛ mma yɛnnkɔ no deɛ, yɛankɔ hɔ.
3 “Afei yɛdanee yɛn ho, na yɛfaa Basan Kwan so foro kɔe. Na Basan hene Og de ne nkurɔfoɔ nyinaa bɛhyiaa yɛn sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Edrei.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nsuro no, ɛfiri sɛ mede ɔne ne nkurɔfoɔ nyinaa ne n’asaase bɛhyɛ wo nsa, na sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a na ɔte Hesbon no, saa ara na wobɛyɛ no.’ 3 Enti Yehowa yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og nso ne ne nkurɔfoɔ nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkunkum wɔn nyinaa na anka ne nkurɔfoɔ no baako mpo. 4 Saa berɛ no, yɛfaa ne nkuro nyinaa. Kuro baako mpo nni hɔ a yɛannye amfiri wɔn nsam. Yɛfaa nkuro 60 wɔ Argob asaase so nyinaa, kyerɛ sɛ, Og ahemman a ɛwɔ Basan no.+ 5 Ná ne nyinaa yɛ nkuro akɛseɛ a ɛwɔ afasuo atenten ne apono akɛseɛ a nnadeɛ deda akyire. Weinom da nkyɛn a, na nkuro nketewa pii a ɛnni afasuo nso ka ho. 6 Ne nyinaa akyi no, yɛsɛee nkuro no pasaa+ sɛdeɛ yɛyɛɛ Hesbon hene Sihon no; yɛsɛee kuro biara, na yɛkunkum emu mmarima, mmaa, ne mmɔfra nyinaa.+ 7 Na wɔn nyɛmmoa ne nneɛma foforɔ a ɛwɔ nkuro no mu deɛ, yɛfaeɛ.
8 “Saa berɛ no, yɛgyee asaase no firii Amorifoɔ ahemfo mmienu+ a na wɔwɔ Yordan mantam mu no nsam, ɛfiri Arnon Bɔn* ho kɔsi Hermon Bepɔ ho.+ 9 (Ná Sidonfoɔ frɛ saa bepɔ no Sirion, na Amorifoɔ nso frɛɛ no Senir.) 10 Afei yɛfaa nkuro a ɛwowɔ bepɔ so asaase tratra so no ne Gilead ne Basan nyinaa kɔsii Saleka ne Edrei,+ nkuro a ɛwɔ Og ahemman mu wɔ Basan no. 11 Saa berɛ no, na Basan hene Og nko ara ne Refaimni a waka. Mpa a wɔde ne funu too so no, dadeɛ* na wɔde yɛeɛ. Mpa yi da so si Ammonfoɔ kuro Raba. Sɛ wɔsusu no basafa* mu sɛdeɛ obiara nim no a, ne tenten yɛ basafa nkron, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan. 12 Saa berɛ no na yɛfaa nsaase yi: ɛfiri Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bɔn* ho ne Gilead mmepɔ mu no fã, na mede nkuro a ɛwowɔ hɔ no ama Rubenfoɔ ne Gadfoɔ.+ 13 Na mede Gilead asaase a aka ne Og ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa ama Manase abusuakuo no fã.+ Argob a ɛka Basan asaase ho no nyinaa, edin a na wɔde frɛ hɔ ne Refaim asaase.
14 “Manase ba Yair+ faa Argob asaase+ no nyinaa bɛsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ+ hyeɛ so. Na ɔde ne din too Basan nkuraa a ɛwowɔ hɔ no so, na wɔafrɛ hɔ Hawot-Yair*+ abɛsi nnɛ. 15 Mede Gilead nso ama Makir.+ 16 Rubenfoɔ ne Gadfoɔ+ nso, mede asaase a ɛfiri Gilead kɔsi Arnon Bɔn* no mfimfini ama wɔn. Ɛba ara bɛsi Yabok Bɔn ho wɔ Ammonfoɔ hyeɛ so, 17 ne Araba ne Yordan asaase no ho kɔfa Kineret bɛsi Araba Po anaa Nkyene Po* no ho wɔ Pisga mmepɔ no ase, ɛrekɔ apueeɛ fam no.+
18 “Ɛnna meka kyerɛɛ mo sɛ: ‘Yehowa mo Nyankopɔn de asaase yi ama mo sɛ momfa. Mo mu mmarima akantinka nyinaa bɛfa wɔn akodeɛ adi mo nuanom Israelfoɔ anim+ atwa akɔ asaase no so. 19 Mo yerenom, mo mma nkumaa, ne mo nyɛmmoa (nyɛmmoa nso deɛ, menim sɛ mowɔ pii), weinom nko ara na wɔbɛtena nkuro a mede ama mo no mu 20 kɔsi sɛ Yehowa bɛma mo nuanom ahome sɛdeɛ wayɛ ama mo no, na wɔafa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de bɛma wɔn wɔ Yordan agya no. Ɛno akyi no, mobɛtumi asan aba asaase a mede ama mo no so.’+
21 “Saa berɛ no, meka kyerɛɛ Yosua+ sɛ, ‘Wo ara wode w’ani ahunu deɛ Yehowa wo Nyankopɔn de ayɛ ahemfo mmienu yi. Saa ara na Yehowa bɛyɛ ahemman a moretwa akɔ mu no nyinaa.+ 22 Monnsuro wɔn ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔreko ama mo.’+
23 “Afei mesrɛɛ Yehowa saa berɛ no sɛ, 24 ‘O Awurade Tumfoɔ Yehowa, woama w’akoa rehu wo kɛseyɛ ne wo basa a ɛyɛ den no.+ Onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asaase so a ɔbɛtumi ayɛ wo nnwuma akɛseɛ yi bi?+ 25 Mesrɛ wo, ma mentwa nkɔhwɛ asaase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔ so asaase fɛfɛ no ne Lebanon.’+ 26 Nanso mo nti, Yehowa bo a ɛfuu me no, na ɛnnwoeɛ,+ enti wantie me. Mmom Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Twa so! Mmɔ asɛm yi so nkyerɛ me bio. 27 Foro kɔgyina Pisga+ na ma w’ani so hwɛ atɔeɛ ne atifi ne anaafoɔ ne apueeɛ, na Yordan deɛ, worentwa.+ 28 Fa Yosua yɛ ɔman no kannifoɔ,+ na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛdi ɔman yi anim atwa akɔ,+ na asaase a wohunuiɛ no, ɔno na ɔbɛma wɔn nsa aka.’ 29 Nsɛm yi nyinaa sisii berɛ a na yɛte bɔn no mu wɔ Bet-Peor anim no.+
4 “O Israel, afei montie ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a merekyerɛkyerɛ mo yi na monni so na moanya nkwa,+ na moakɔfa asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no. 2 Ahyɛdeɛ a mede rema mo yi, mommfa bi nnka ho, na monnyi bi nso mmfiri mu.+ Monhwɛ nni Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo yi so.
3 “Mo ara mode mo ani hunuu deɛ Yehowa yɛeɛ berɛ a ebinom kɔsom Baal-Peor no. Yehowa mo Nyankopɔn sɛee obiara a ɔkɔdii Baal-Peor akyi+ firii mo mu. 4 Nanso mo a mobataa Yehowa mo Nyankopɔn ho no nyinaa te ase nnɛ. 5 Hwɛ, ahyɛdeɛ ne atemmusɛm+ a Yehowa me Nyankopɔn de maa me no, makyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛdi so wɔ asaase a morekɔfa no so. 6 Monhwɛ nni so+ ɛfiri sɛ ɛno bɛma aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa ho asɛm no ahu sɛ mowɔ nyansa+ ne nteaseɛ,+ na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛseɛ yi wɔ nyansa ne nteaseɛ+ ampa.’ 7 Ɔman kɛseɛ bɛn na wɔwɔ anyame a wɔbɛn wɔn sɛdeɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn na ɔtie yɛn berɛ biara a yɛbɛsu afrɛ no no?+ 8 Na ɔman kɛseɛ bɛn na wɔwɔ ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a ɛtene te sɛ Mmara a mede rema mo nnɛ yi?+
9 “Ɛno ara ne sɛ momma mo ani nna hɔ na monhwɛ mo ho* yie, na mo werɛ amfi deɛ moahu no, na amfiri mo akomam mo nkwa nna nyinaa. Afei nso, momfa nkyerɛ mo mma ne mo mmanana.+ 10 Ɛda a mobɛgyinaa Yehowa mo Nyankopɔn anim wɔ Horeb no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Boaboa nkurɔfoɔ no ano wɔ m’anim na wɔntie me nsɛm+ na wɔnsua sɛ wɔbɛsuro me,+ nna dodoɔ a wɔbɛdi wɔ asaase no so nyinaa, na wɔmfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma.’+
11 “Enti mobɛgyinaa bepɔ no ase, na egya dɛree wɔ bepɔ no so kɔɔ wiem,* na esum ne mununkum kumɔnn baeɛ, na wiem yɛɛ kusuu.+ 12 Na Yehowa firi gya no mu kasa kyerɛɛ mo.+ Motee kasa bi, nanso moanhu obiara;+ ɛnne kɛkɛ na moteeɛ.+ 13 Na ɔde n’apam maa mo,+ na ɔkaa sɛ monni so; ɛno ne Mmara Nsɛm Du*+ no. Afei ɔtwerɛ guu abopono mmienu so.+ 14 Saa berɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a ɛsɛ sɛ modi so wɔ asaase a morekɔfa no so.
15 “Enti monhwɛ mo ho* yie, ɛfiri sɛ da a Yehowa firi gya mu ne mo kasaa wɔ Horeb no, moanhu obiara. 16 Monhwɛ na moanyɛ asobrakyeɛ ankɔyɛ honi a wɔasene anaa adeɛ biara nsɛsoɔ. Monnyɛ ɔbarima anaa ɔbaa biara nsɛsoɔ,+ 17 asaase so aboa anaa anomaa a ɔnam wiem biara nsɛsoɔ,+ 18 adeɛ biara a ɛwea wɔ asaase so anaa apataa a ɔwɔ nsuo mu wɔ asaase ase biara nsɛsoɔ.+ 19 Sɛ woma w’ani so hwɛ soro na wohu awia, bosome, ne nsoromma, kyerɛ sɛ, ɔsoro asafo nyinaa a, mma no nntwetwe wo mma wonnkɔsom wɔn.+ Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa. 20 Nanso mo na Yehowa ayi mo afiri Egypt; ɔyii mo firii fononoo a wɔde nane dadeɛ mu, na moabɛyɛ ɔno ara n’agyapadeɛ+ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.
21 “Moyɛ maa Yehowa bo fuu me,+ na ɔkaa ntam sɛ merentwa Yordan no na merenkɔ asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo sɛ agyapadeɛ no so.+ 22 Mɛwu wɔ asaase yi so. Merentwa Yordan no,+ na mo deɛ, mobɛtwa akɔfa asaase pa no. 23 Monhwɛ yie na mo werɛ amfi apam a Yehowa mo Nyankopɔn ne mo ayɛ no,+ na monhwɛ na moankɔyɛ honi a wɔasene biara anaa biribiara a Yehowa mo Nyankopɔn abara mo no nsɛsoɔ.+ 24 Na Yehowa mo Nyankopɔn yɛ egya a ɛhye adeɛ;+ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+
25 “Sɛ motena asaase no so kyɛ na monya mma ne mmanana, na moyɛ asobrakyeɛ kɔyɛ honi a wɔasene+ anaa biribi nsɛsoɔ anaa abusudeɛ biara wɔ Yehowa mo Nyankopɔn ani so de hyɛ no abufuo a,+ 26 ɛnneɛ ɛnnɛ merema ɔsoro ne asaase ayɛ m’adansefoɔ, na monhu sɛ ɛrenni da bi na mo ase ahye afiri asaase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛtɔre mo ase koraa.+ 27 Yehowa bɛbɔ mo ahwete amanaman mu,+ na mo mu kakraa bi na wɔbɛka+ wɔ aman a Yehowa bɛpamo mo akɔ so no so. 28 Ɛhɔ na mobɛsom anyame a onipa de ne nsa ayɛ,+ nnua ne aboɔ a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛntumi nnidi na ɛnte hwa biara.
29 “Sɛ wode w’akoma nyinaa ne wo kra*+ nyinaa hwehwɛ Yehowa wo Nyankopɔn wɔ hɔ a, ɛkwan biara so wobɛhu no.+ 30 Sɛ wokɔ ahokyerɛ mu na nsɛm yi nyinaa to wo daakye a, wobɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn abɛtie no.+ 31 Na Yehowa wo Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+ Ɔrennya wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no.+
32 “Afei kae mmerɛ a atwam a wɔnnya nwoo wo no, ɛfiri berɛ a Onyankopɔn bɔɔ onipa too asaase so, na bisa mu firi ɔsoro ano kɔsi ɔsoro ano. Obi ahunu adekɛseɛ a ɛte saa anaa obi ate ho asɛm pɛn?+ 33 Nnipa bi ate Onyankopɔn nne wɔ gya mu, sɛdeɛ woteeɛ no, a wɔda so te ase anaa?+ 34 Anaa woate pɛn sɛ Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔde atemmuo,* nsɛnkyerɛnne, anwanwadeɛ,+ ɛko,+ nsa a ɛyɛ den,+ basa a watene mu, ne nneɛma a ɛyɛ hu+ bɛyi ɔman bi afiri ɔman foforɔ mu de ne din ato wɔn so sɛdeɛ woahu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ayɛ ama mo wɔ Egypt no? 35 Mo na wama moahunu weinom nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhu sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn no,+ na obiara nni hɔ sɛ ɔno.+ 36 Ɔmaa wotee ne nne firii soro na ɔde tenee wo so. Ɔmaa wohunuu ne gya kɛseɛ no nso wɔ asaase so, na wotee n’anom asɛm firii egya mu.+
37 “Ɛsiane sɛ na ɔdɔ w’agyanom na wayi wɔn asefoɔ*+ nti, ɔmaa n’ani kuu wo ho de ne tumi kɛseɛ no yii wo firii Egypt. 38 Ɔpamoo aman a ɛsoso na ɛyɛ den sene wo firii w’anim sɛ bɛtena hɔ, na ɔde wɔn nsaase ama wo sɛ agyapadeɛ sɛdeɛ ɔreyɛ nnɛ no.+ 39 Enti ma no ntena w’akomam nnɛ na hu sɛ, Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn wɔ ɔsoro ne asaase so.+ Obiara nni hɔ te sɛ ɔno.+ 40 Di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi so na asi wo ne wo mma a wɔbɛdi w’akyi aba no yie daa, na woatena ase akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.”+
41 Saa berɛ no, Mose yii nkuro mmiɛnsa wɔ Yordan apueeɛ fam.+ 42 Saa nkuro yi baako mu na sɛ obi nsa pa na ɔku ne yɔnko na ɔnyɛ obi a ɔtan no dada a,+ ɛsɛ sɛ ɔdwane kɔ, na wanya nkwa.+ 43 Nkuro no nie: Beser+ a ɛwɔ serɛ so a ɛda bepɔ so asaase tratra so no, ɔde maa Rubenfoɔ; Ramot+ a ɛwɔ Gilead no, ɔde maa Gadfoɔ; ɛnna Golan+ a ɛwɔ Basan no nso ɔde maa Manasefoɔ.+
44 Wei ne Mmara+ a Mose de maa Israelfoɔ no. 45 Wei ne nkaesɛm, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a Mose de maa Israelfoɔ berɛ a wɔfirii Egypt no.+ 46 Saa berɛ no, na wɔwɔ Yordan mpɔtamu hɔ wɔ ɛbɔn no mu, Bet-Peor anim.+ Ná ɛhɔ yɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔte Hesbon+ no asaase. Ɔno na Mose ne Israelfoɔ kuu no berɛ a wɔfiri Egypt reba no.+ 47 Wɔfaa ɔne Basan hene Og+ nsaase. Weinom ne Amorifoɔ ahemfo mmienu a na wɔwɔ Yordan apueeɛ fam no. 48 Asaase no firi Aroer+ a ɛda Arnon Bɔn* no ano kɔsi Siyon Bepɔ a wɔsan frɛ no Hermon+ no ho, 49 ne Araba mantam nyinaa wɔ Yordan apueeɛ fam kɔsi Araba Po* no ano wɔ Pisga+ mmepɔ ase.
5 Afei Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a mereka akyerɛ mo nnɛ yi. Monsua na monni so pɛpɛɛpɛ. 2 Yehowa yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam wɔ Horeb.+ 3 Ɛnyɛ yɛn nananom na Yehowa ne wɔn yɛɛ saa apam yi, na mmom yɛn a yɛte ase nnɛ yi nyinaa. 4 Yehowa firi gya mu ne mo kasaa animu ne animu wɔ bepɔ no so.+ 5 Saa berɛ no, megyinaa mo ne Yehowa ntam+ kaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ mo, ɛfiri sɛ na mosuro egya no, na moankɔ bepɔ no so.+ Ɔkaa sɛ:
6 “‘Mene Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so no.+ 7 Nsom onyame foforɔ biara nka me ho.*+
8 “‘Nyɛ ohoni a wɔasene biara+ anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asaase ase nsɛsoɔ biara mfa. 9 Nkoto wɔn na mma biribiara nntwetwe wo mma wonkɔsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ Na agyanom a wɔtan me no, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom so,+ 10 na wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmara so deɛ, meda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn kɔsi wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so apem so.
11 “‘Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agorɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa remma obiara a ɔde ne din di agorɔ no mfa ne ho nni.+
12 “‘Di Homeda na yɛ no kronkron sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no.+ 13 Adwuma biara a wowɔ yɛ no, fa nnansia yɛ,+ 14 nanso da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ Homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara;+ wo ankasa oo, wo babarima anaa wo babaa oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, wo nantwie oo, w’afunumu oo, w’afieboa oo, ɔhɔhoɔ a ɔte wo kurom* oo, ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma.+ Ɛbɛma w’afenaa ne w’akoa ahome te sɛ wo.+ 15 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt asaase so na Yehowa wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu yii wo firii hɔ.+ Ɛno nti na Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ mmara sɛ di Homeda no.
16 “‘Di wo papa ne wo maame ni,+ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no, na woanyini akyɛ na asi wo yie* wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+
20 “‘Nni wo yɔnko ho adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ.*+
21 “‘Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere.+ Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fie, n’asaase, n’akoa, n’afenaa, ne nantwie, anaa n’afunumu. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.’+
22 “Yehowa firi egya ne mununkum kumɔnn ne esum mu+ de nne kɛseɛ kaa mmara nsɛm* yi kyerɛɛ asafo no nyinaa wɔ bepɔ no so, na wamfa hwee anka ho. Afei ɔtwerɛ guu abopono mmienu so de maa me.+
23 “Nanso berɛ a bepɔ no redɛre na motee nne no firii sum mu no,+ ɛhɔ ara na mo mmusuakuo mu atitire ne mpanimfoɔ no nyinaa baa me nkyɛn. 24 Ɛnna mokaa sɛ, ‘Hwɛ, Yehowa yɛn Nyankopɔn ada n’animuonyam ne ne kɛseyɛ adi akyerɛ yɛn, na yɛate ne nne wɔ egya mu.+ Ɛnnɛ na yɛahu sɛ Onyankopɔn bɛtumi ne onipa akasa ama onipa no akɔ so atena nkwa mu.+ 25 Nanso yɛmpɛ sɛ yɛwuwu, ɛfiri sɛ egya kɛseɛ yi bɛtumi ahye yɛn ama yɛawuwu. Sɛ yɛtoa so tie Yehowa yɛn Nyankopɔn nne a, sɛdeɛ ɛteɛ biara yɛbɛwuwu. 26 Onipa* bɛn na wate Onyankopɔn teasefoɔ no nne wɔ egya mu te sɛ yɛn na ɔda so te ase? 27 Enti wo mmom bɛn hɔ kɔtie deɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na deɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ wo biara, bɛbɔ yɛn amanneɛ, na yɛbɛtie na yɛadi so.’+
28 “Yehowa tee deɛ moka kyerɛɛ me no nyinaa. Enti Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mate nsɛm a ɔman yi aka akyerɛ wo no. Deɛ wɔaka no nyinaa yɛ.+ 29 Sɛ daa wɔnya akoma a ɛbɛma wɔasuro me+ na wɔadi me mmara nyinaa so a,+ anka ɛbɛsi wɔne wɔn mma nyinaa yie daa.+ 30 Kɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Monsan nkɔ mo ntomadan mu.” 31 Wo deɛ, gyina me nkyɛn ha na menkyerɛ wo mmara nsɛm, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a wode bɛkyerɛkyerɛ wɔn ama wɔadi so wɔ asaase a mede ama wɔn sɛ wɔmfa no so.’ 32 Monhwɛ sɛ mobɛyɛ deɛ Yehowa mo Nyankopɔn aka no nyinaa.+ Mommmane nnkɔ benkum anaa nifa.+ 33 Ɛkwan a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ momfa so no, monhwɛ sɛ mobɛfa so pɛpɛɛpɛ.+ Moyɛ saa a, mobɛnya nkwa na asi mo yie na moanya nkwa tenten wɔ asaase a morekɔfa no so.+
6 “Wei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ memfa nkyerɛkyerɛ mo, na sɛ motwa kɔ asaase a morekɔfa no so a, moadi so. 2 Ɛbɛma moasuro Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so+ mo nkwa nna nyinaa, na moanyini akyɛ.+ 3 Enti Israel, tie na hwɛ sɛ wobɛyɛ ne nyinaa na asi wo yie na asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no, w’ase atrɛ wɔ so, sɛdeɛ Yehowa w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.
4 “O Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa baako.+ 5 Fa w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa+ ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.+ 6 Ma mmara nsɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so, 7 na fa dua wo mma akomam,*+ na ka ho asɛm berɛ a wote wo fie, berɛ a wonam kwan so, berɛ a woda hɔ, ne berɛ a woasɔre.+ 8 Fa kyekyere wo nsa na akae wo, na fa yɛ adeɛ* a wode bɔ wo moma so.*+ 9 Twerɛ gu wo fie aponnwa ne w’aponkɛseɛ* ho.
10 “Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo duru asaase a ɔkaa ntam kyerɛɛ w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob sɛ ɔde bɛma wo no so,+ na ɔma wo nkuro akɛseɛ fɛfɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyereeɛ,+ 11 afie a nneɛma pa ahodoɔ nyinaa bi ayɛ mu ma a ɛnyɛ wo na woyɛɛ ho adwuma, mmura a ɛnyɛ wo na wotuiɛ ne bobefuo* ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na woduaeɛ, na sɛ wodidi mee a,+ 12 hwɛ yie na wo werɛ amfi Yehowa+ a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so baeɛ no. 13 Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wosuro no,+ na ɔno na ɛsɛ sɛ wosom no,+ na ne din na fa ka ntam.+ 14 Ɛnsɛ sɛ mokɔdi anyame foforɔ akyi; monnkɔdi aman a atwa mo ho ahyia no anyame no biara akyi,+ 15 ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo mfimfini no yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ Anyɛ saa a, Yehowa mo Nyankopɔn bo bɛfu mo dendeenden+ na watɔre mo ase afiri asaase so.+
16 “Monnsɔ Yehowa mo Nyankopɔn nnhwɛ+ sɛdeɛ mosɔɔ no hwɛɛ wɔ Masa no.+ 17 Yehowa mo Nyankopɔn mmara ne ne nkaesɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde ama mo no, monhwɛ nni ne nyinaa so. 18 Monyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ Yehowa ani so, na asi mo yie, na moatumi akɔfa asaase pa a Yehowa kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no.+ 19 Na mobɛpamo mo atamfo nyinaa afiri mo anim sɛdeɛ Yehowa ahyɛ bɔ no.+
20 “Daakye sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Na nkaesɛm, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a Yehowa yɛn Nyankopɔn de maa mo yi nso kyerɛ sɛn?’ a, 21 monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Ná yɛyɛ Farao nkoa wɔ Egypt, ɛnna Yehowa de nsa a ɛyɛ den bɛyii yɛn firii Egypt. 22 Enti Yehowa de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu baa Egyptfoɔ ne Farao ne ne fiefoɔ nyinaa so wɔ yɛn anim.+ 23 Na ɔyii yɛn firii hɔ baa ha sɛ ɔde asaase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no rebɛma yɛn.+ 24 Ɛnna Yehowa de mmara yi nyinaa maa yɛn sɛ yɛnni so na yɛnsuro Yehowa yɛn Nyankopɔn na asi yɛn yie daa+ na yɛatena nkwa mu+ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. 25 Sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so de yɛ ɔsetie ma Yehowa yɛn Nyankopɔn sɛdeɛ waka akyerɛ yɛn no+ a, ɛbɛma yɛayɛ ateneneefoɔ.’
7 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nya de wo duru asaase a worekɔfa no so a,+ ɔbɛpamo aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene wo+ yi afiri w’anim:+ Hitifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ,+ Kaananfoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ.+ 2 Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa na woadi wɔn so nkonim.+ Ɛsɛ sɛ wosɛe wɔn pasaa.+ Wo ne wɔn nnyɛ apam biara, na nhu wɔn mmɔbɔ.+ 3 Nware wɔn mu biara.* Mfa wo babaa mma ne babarima, na nnye ne babaa awareɛ mma wo babarima.+ 4 Anyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afiri m’akyi akɔsom anyame foforɔ,+ na Yehowa bo bɛfu wo dendeenden na wasɛe wo pasaa.+
5 “Mmom deɛ monyɛ nie: Mommubu wɔn afɔrebukyia ne wɔn abosom adum+ no, na montwitwa wɔn abosonnua*+ ngu, na momfa egya nhye wɔn ahoni.+ 6 Ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn. Na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wo de wo ayɛ ne man, n’agyapadeɛ titire* wɔ asaase so aman nyinaa mu.+
7 “Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sene aman a aka nyinaa nti na Yehowa pɛ mo asɛm na wayi mo,+ ɛfiri sɛ yɛreka paa a, mo na na mosua koraa wɔ aman nyinaa mu.+ 8 Mmom, deɛ enti a Yehowa de nsa a ɛyɛ den yii mo firii nkoafie,+ na ɔgyee mo firii Egypt hene Farao nsam ne sɛ, Yehowa dɔ mo na ɔpɛ sɛ ɔdi ntam a ɔkaa mo agyanom no so.+ 9 Wonim sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ne nokorɛ Nyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔdi n’apam so, na wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara so no, ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem so.+ 10 Na wɔn a wɔtan no deɛ, ɔde wɔn mu biara akatua bɛma no.+ Ɔrentwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn ho; ɔbɛtua wɔn mu biara ka. 11 Enti ma mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a mede rema wo nnɛ yi nna w’akoma so na di so.
12 “Sɛ mokɔ so tie atemmusɛm yi na modi so a, Yehowa mo Nyankopɔn bɛdi n’apam so, na wada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ mo sɛdeɛ ɔkaa mo agyanom ntam no. 13 Ɔbɛdɔ mo na wahyira mo, na ɔbɛma moadɔɔso. Ɔbɛhyira mo ama mo mma ayɛ bebree,*+ na ɔbɛhyira mo asaase so aba, mo hwiit,* mo bobesa foforɔ, mo ngo,+ mo anantwie mma, ne mo nnwan mma wɔ asaase a ɔkaa mo agyanom ntam sɛ ɔde bɛma mo no so.+ 14 Ɔbɛhyira mo asene aman nyinaa.+ Ɔbarima anaa ɔbaa biara nni hɔ a ɔrennya mma. Mo nyɛmmoa nyinaa nso bɛwo.+ 15 Yehowa bɛyi yareɛ biara afiri wo so; na ɔremfa yare bɔne a wohuu no Egypt no mu biara mma wo so.+ Mmom no, ɔde bɛkɔ wɔn a wɔtan wo nyinaa so. 16 Aman a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa nyinaa, sɛe wɔn;+ nhu wɔn mmɔbɔ,+ na nsom wɔn anyame+ ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ fidie ama wo.+
17 “Ebia wobɛka no w’akomam sɛ, ‘Aman yi dɔɔso dodo ma me. Mɛyɛ dɛn atumi apamo wɔn?’+ 18 Nsuro wɔn.+ Kae deɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Egyptfoɔ nyinaa;+ 19 atemmuo* akɛseɛ, nsɛnkyerɛnne, anwanwadeɛ,+ nsa a ɛyɛ den ne basa a wɔatene mu a wohuu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nam so yii wo no.+ Saa ara na Yehowa wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wosuro wɔn no nyinaa.+ 20 Yehowa wo Nyankopɔn bɛma wɔaboto* akɔsi sɛ wɔn a wɔaka+ a wɔde wɔn ho ahinta wo nyinaa bɛwuwu. 21 Mma wɔnntu w’akoma, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+ Ɔyɛ Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu.+
22 “Yehowa wo Nyankopɔn bɛpamo aman yi afiri w’anim nkakrankakra.+ Ɔremma wonsɛe wɔn nyinaa da koro, anyɛ saa a wuram mmoa bɔne bɛbu so abɛha wo. 23 Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa na wama woadi wɔn so nkonim koraa kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre.+ 24 Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ wo nsa+ na woapepa wɔn din afiri ɔsoro ase.+ Obiara rentumi nnyina w’anim+ kɔsi sɛ wobɛtu wɔn ase.+ 25 Fa gya hye wɔn anyame ahoni no.+ Mma w’ani mmmere ɛho dwetɛ anaa sika; mfa bi+ na ansum wo fidie, ɛfiri sɛ ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.+ 26 Mfa akyiwadeɛ biara mma wo fie na wɔansɛe wo anka abusudeɛ no ho. Ma no nyɛ wo tan na kyiri, ɛfiri sɛ ɛyɛ abusudeɛ a wɔbɛsɛe no pasaa.
8 “Monhwɛ nni mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so na moatena nkwa mu,+ na mo ase atrɛ, na moakɔfa asaase a Yehowa kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no.+ 2 Kae kwantenten a Yehowa wo Nyankopɔn ama woatwa no serɛ so mfeɛ 40 yi nyinaa,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde bɛkyerɛ wo ahobrɛaseɛ na wasɔ wo ahwɛ+ ahunu deɛ ɛwɔ w’akomam,+ sɛ wobɛdi ne mmara so anaa worenni so. 3 Enti ɔmaa kɔm dee wo de kyerɛɛ wo ahobrɛaseɛ.+ Afei ɔmaa wodii mana+ a na wo ne w’agyanom biara nhunuu bi da, na woahu sɛ ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a ɛfiri Yehowa anom nso.+ 4 Mfeɛ 40 yi nyinaa wo ntaadeɛ antete na wo nan ase antaataa.+ 5 Na wonim no w’akomam sɛ Yehowa wo Nyankopɔn tenee wo so sɛdeɛ agya tene ne ba so no.+
6 “Afei di Yehowa wo Nyankopɔn mmara so. Ɛkwan a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wobɛtie no na woasuro no. 7 Yehowa wo Nyankopɔn de wo rekɔ asaase pa so;+ asaase a nsubɔnten, nsuwansuwa, ne atadeɛ a ɛfiri abɔn ne mmepɔ mu sene wɔ so. 8 Ɛyɛ asaase a hwiit, baali,* bobe, borɔdɔma nnua, granate akutuo,*+ ngodua, ne ɛwoɔ wɔ so.+ 9 Ɛyɛ asaase a ɛkɔm renne wo wɔ so na hwee renhia wo wɔ hɔ; ɛyɛ asaase a aboɔ a ɛwɔ so no, nnadeɛ ayɛ mu ma, na wobɛtu kɔbere afiri ne mmepɔ mu.
10 “Sɛ wodidi mee a, yi Yehowa wo Nyankopɔn ayɛ sɛ wama wo asaase pa.+ 11 Hwɛ yie na wo werɛ amfi Yehowa wo Nyankopɔn, na woannane w’akyi ankyerɛ ne mmara nsɛm, n’atemmusɛm, ne n’ahyɛdeɛ a ɛnnɛ mede rema wo yi. 12 Sɛ wodidi mee na wosisi adan pa tena mu,+ 13 na wonya anantwie ne nnwan ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne agyapadeɛ pii a, 14 mma w’akoma mmma ne ho so+ na wo werɛ amfi Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so no.+ 15 Ɔno na ɔde wo faa serɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu so,+ serɛ a awɔ a borɔ wɔ wɔn ano ne nyanyankyerɛ wɔ so, asaase kesee a nsuo nni so. Ɔmaa wo nsuo firii ɔbotan a ɛyɛ den mu.+ 16 Ɔno na ɔmaa wodii mana+ a w’agyanom nhunuu bi da wɔ serɛ so de kyerɛɛ wo ahobrɛaseɛ+ na ɔde sɔɔ wo hwɛeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daakye ɛbɛsi wo yie.+ 17 Sɛ woka no w’akomam sɛ, ‘Me tumi ne m’ahoɔden na ama manya me ho’ a,+ 18 kae sɛ Yehowa wo Nyankopɔn na wama wo ahoɔden a wode anya wo ho.+ Deɛ enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, ɔpɛ sɛ ɔdi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.+
19 “Sɛ moma mo werɛ fi Yehowa mo Nyankopɔn na mokɔdi anyame foforɔ akyi na mokoto wɔn a, ɛnneɛ ɛnnɛ medi mo adanseɛ sɛ mo ase bɛhye koraa.+ 20 Mobɛsɛe te sɛ aman a Yehowa resɛe wɔn wɔ mo anim no, ɛfiri sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn.+
9 “O Israel tie, ɛnnɛ woretwa Yordan+ akɔpamo aman akɛseɛ a ɛyɛ den sene wo+ na woakɔfa nkuro akɛseɛ a ɛho aban duru soro.*+ 2 Aman yi mu nnipa soso woware. Weinom ne Anak mma+ a wonim wɔn no. Wotee wɔn ho asɛm sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi agyina Anak mma anim?’ 3 Enti ɛnnɛ hu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛdi w’anim atwa akɔ hɔ.+ Ɔyɛ egya a ɛhye adeɛ,+ na ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ w’anim ama woapamo wɔn ntɛm* asɛe wɔn, sɛdeɛ Yehowa aka akyerɛ wo no.+
4 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn pamo wɔn firi w’anim a, nka no w’akomam sɛ, ‘Me tenenee nti na Yehowa de me aba sɛ memmɛfa asaase yi.’+ Mmom no, ɛyɛ aman yi bɔne nti+ na Yehowa repamo wɔn afiri w’anim. 5 Ɛnyɛ wo tenenee anaa w’akoma a emu teɛ nti na worekɔfa wɔn asaase no. Mmom aman yi bɔne nti na Yehowa wo Nyankopɔn repamo wɔn afiri w’anim,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu. 6 Enti hu sɛ ɛnyɛ wo tenenee nti na Yehowa wo Nyankopɔn de asaase pa yi rema wo ama woafa, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman a w’aso yɛ den.*+
7 “Monkae, na mommma mo werɛ mmfi da sɛ mohyɛɛ Yehowa mo Nyankopɔn abufuo wɔ serɛ no so.+ Ɛfiri da a mofirii Egypt bɛsi nnɛ a mowɔ ha yi, daa mote atua tia Yehowa.+ 8 Horeb mpo mogyegyee Yehowa maa n’ani bereeɛ, na Yehowa bo fui ara maa anka ɔretɔre mo ase.+ 9 Berɛ a mekɔɔ bepɔ no so sɛ merekɔgye abopono+ a apam a mo ne Yehowa yɛeɛ no wɔ so no,+ medii nnafua 40 awia ne anadwo wɔ bepɔ no so,+ manni hwee na mannom nsuo nso. 10 Ɛnna Yehowa maa me abopono mmienu a ɔde ne nsateaa atwerɛ nsɛm wɔ so. Nsɛm a Yehowa firi gya mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so berɛ a mobɔɔ dwa no, na ne nyinaa wɔ abopono no so.+ 11 Berɛ a medii nnafua 40, awia ne anadwo no, Yehowa de abopono mmienu a apam no mu nsɛm wɔ so no maa me. 12 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre firi ha kɔ ntɛm, ɛfiri sɛ wo nkurɔfoɔ a wokɔyii wɔn firii Egypt no reyɛ abusudeɛ.+ Wɔamane ntɛm afiri ahyɛdeɛ a mede ama wɔn no ho. Hwɛ, wɔayɛ dadeɛ honi.’*+ 13 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, mahu sɛ ɔman yi aso yɛ den.*+ 14 Ma mensɛe wɔn, na mempepa wɔn din mfiri ɔsoro ase, na menyɛ wo ɔman kɛseɛ a wɔdɔɔso sene wɔn.’+
15 “Enti medanee me ho siane firii bepɔ no so. Saa berɛ no, na egya redɛre wɔ bepɔ no so.+ Ná abopono mmienu a apam no mu nsɛm wɔ so no wɔ me nsa mmienu mu.+ 16 Mebɛhuu sɛ moayɛ bɔne atia Yehowa mo Nyankopɔn! Ná moayɛ* nantwie ba honi. Momanee ntɛm firii ahyɛdeɛ a Yehowa de maa mo no ho.+ 17 Enti megyaa abopono mmienu no mu hwee hɔ maa no bubuu wɔ mo anim.+ 18 Ɛnna mekɔkotoo Yehowa anim nnafua 40 awia ne anadwo sɛdeɛ meyɛɛ kane no. Manni hwee na mannom nsuo nso;+ ne nyinaa firi mo bɔne, bɔne a moyɛɛ no Yehowa ani so sɛ mode bɛhyɛ no abufuo no. 19 Mehwɛ sɛdeɛ na Yehowa ani abere mo so no a,+ na mesuro, ɛfiri sɛ anka ɔrebɛsɛe mo. Nanso saa berɛ no, Yehowa san tiee me.+
20 “Yehowa bo fuu Aaron dendeenden maa anka ɔreku no,+ ɛnna mepaa kyɛw maa Aaron nso saa berɛ no. 21 Afei nantwie ba honi a mokɔdii akyire+ yɛɛ bɔne no, mede gya hyeeɛ, na mebubuu mu, na meyam no muhumuhu te sɛ mfuturo, ɛnna meto guu nsuo a ɛsene firi bepɔ mu no mu.+
22 “Afei berɛ a mowɔ Tabera,+ Masa,+ ne Kibrot-Hatawa+ no nso mohyɛɛ Yehowa abufuo. 23 Berɛ a Yehowa somaa mo firii Kades-Barnea+ sɛ, ‘Monkɔfa asaase a mede rema mo no!’ nso, deɛ Yehowa mo Nyankopɔn kaeɛ no, moanni so na moannye no anni+ antie no.+ 24 Ɛfiri da a mehuu mo yi, daa mote Yehowa so atua.
25 “Enti mekotoo Yehowa anim nnafua 40 awia ne anadwo,+ ɛfiri sɛ na Yehowa aka sɛ ɔbɛsɛe mo. 26 Mebɔɔ mpaeɛ srɛɛ Yehowa sɛ, ‘Awurade Tumfoɔ Yehowa, nsɛe wo man. Wɔyɛ wo ara w’agyapadeɛ+ a wode wo tumi kɛseɛ ne basa a ɛyɛ den gyee wɔn firii Egypt.+ 27 Kae wo nkoa Abraham ne Isak ne Yakob.+ Nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne.+ 28 Anyɛ saa a, ɔman a woyii yɛn firii hɔ no sofoɔ bɛka sɛ: “Yehowa antumi amfa wɔn ankɔ asaase a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na ɛsiane sɛ ɔtan wɔn nti, wayi wɔn kɔ sɛ ɔrekɔkunkum wɔn wɔ serɛ so.”+ 29 Wɔyɛ wo man ne wo ara w’agyapadeɛ+ a wode wo tumi kɛseɛ ne wo basa a woatene mu gyee wɔn.’+
10 “Saa berɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sene abopono mmienu te sɛ kane deɛ no+ na fa bra me nkyɛn wɔ bepɔ no so. Afei fa dua yɛ adaka. 2 Abopono a ɛdi kan a wobubuu no no, mɛtwerɛ nsɛm a na ɛwɔ so no agu foforɔ no so, na wode agu adaka no mu.’ 3 Enti mede ɔkanto dua yɛɛ adaka na mesenee abopono mmienu te sɛ kane deɛ no. Afei mede abopono mmienu no kɔɔ bepɔ no so.+ 4 Na ɔtwerɛɛ Mmara Nsɛm Du*+ no guu abopono no so sɛdeɛ na ɛwɔ kane deɛ no so no.+ Wei ne nsɛm a Yehowa firi egya mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so,+ berɛ a mobɔɔ dwa no.+ Yehowa wieeɛ no, ɔde maa me. 5 Afei mesiane firii bepɔ no so+ na mede abopono no bɛguu adaka a mayɛ no mu sɛdeɛ Yehowa kaa sɛ menyɛ no, na ɛhɔ ara na ɛwɔ.
6 “Ɛno akyi no, Israelfoɔ tu firii Beerot Bene-Yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wosiee no,+ na ne ba Eleasar sii n’ananmu dii sɔfoɔ.+ 7 Afei wɔfirii hɔ kɔɔ Gudgoda, na wɔfirii Gudgoda kɔɔ Yotbata,+ asaase a nsubɔnten sene wɔ so no.
8 “Saa berɛ no, Yehowa yii Lewi abusuakuo no+ sɛ wɔnsoa Yehowa apam adaka no+ na wɔnnyina Yehowa anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira nnipa+ sɛdeɛ wɔayɛ de abɛsi nnɛ yi. 9 Wei nti na wɔamma Lewi kyɛfa anaa agyapadeɛ wɔ ne nuanom mu no. Yehowa ne n’agyapadeɛ sɛdeɛ Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+ 10 Medii nnafua 40, awia ne anadwo wɔ bepɔ no so te sɛ kane no,+ na saa berɛ no nso Yehowa tiee me,+ enti Yehowa ansɛe mo. 11 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre di ɔman no anim na wɔnyɛ ahoboa nkɔfa asaase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.’+
12 “Afei Israel, ɛdeɛn na Yehowa wo Nyankopɔn hwehwɛ firi wo hɔ?+ Ɛne sɛ wobɛsuro Yehowa wo Nyankopɔn+ na woanante n’akwan nyinaa so+ na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa asom Yehowa wo Nyankopɔn,+ 13 na woadi Yehowa mmara ne n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi so, na asi wo yie.+ 14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro* mpo yɛ Yehowa wo Nyankopɔn dea, na asaase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ ne dea.+ 15 Nanso w’agyanom nko ara na Yehowa kaa wɔn bataa ne ho yii ne dɔ adi kyerɛɛ wɔn, na wayi mo a moyɛ wɔn asefoɔ no+ afiri aman nyinaa mu sɛdeɛ yɛhu nnɛ yi. 16 Afei momma mo akomam nte*+ na monnyae asoɔden no.*+ 17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade, Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu. Ɔnyɛ nyiyimu+ na ɔnnye adanmudeɛ.* 18 Ɔbu atɛntenenee ma nnyanka ne akunafoɔ,+ na ɔwɔ ɔdɔ ma ahɔhoɔ,+ na ɔma wɔn aduane ne deɛ wɔbɛhyɛ. 19 Mo nso monnya ɔdɔ mma ahɔhoɔ a wɔte mo mu, ɛfiri sɛ na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Egypt asaase so.+
20 “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wosuro no, ɔno na ɛsɛ sɛ wosom no,+ ɔno na ɛsɛ sɛ wobata ne ho, na ne din na fa ka ntam. 21 Ɔno na ɛsɛ sɛ woyi no ayɛ.+ Ɔno ne wo Nyankopɔn a wayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu a wode w’ani ahunu yi.+ 22 Nnipa* 70 na w’agyanom de wɔn kɔɔ Egypt,+ nanso seesei Yehowa wo Nyankopɔn ama woayɛ dɔm kɛseɛ te sɛ ɔsoro nsoromma.+
11 “Monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ na montie no, na monni n’ahyɛdeɛ, n’atemmusɛm, ne ne mmara so daa. 2 Monim sɛ ɛnnɛ, ɛnyɛ mo mma na me ne wɔn rekasa. Wɔn deɛ, wɔnnim na wɔanhu Yehowa mo Nyankopɔn ntenesoɔ,+ ne kɛseyɛ,+ ne nsa a ɛyɛ den,+ ne ne basa a watene mu no. 3 Wɔanhu nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a ɔyɛɛ no Egypt, ne deɛ ɔde yɛɛ Egypt hene Farao ne ne man nyinaa no.+ 4 Berɛ a Egypt asraafoɔ ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam reti mo na Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no bu faa wɔn so, na ɔsɛee wɔn korakora no, ɛno nso mo mma no anhunu.+ 5 Deɛ ɔyɛ maa mo wɔ serɛ no so kɔsii sɛ mobɛduruu ha no, wɔanhunu bi. 6 Afei nso, berɛ a ɔmaa asaase mu paeɛ na ɛmenee Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne biribiara anaa obiara a ɔdi wɔn akyi wɔ Israelfoɔ nyinaa anim no, wɔanhunu.+ 7 Mo na mode mo ani huu anwanwadeɛ akɛseɛ a Yehowa yɛeɛ no nyinaa.
8 “Monhwɛ nni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so na ama mo ho ayɛ den, na moatwa akɔfa asaase no. 9 Wei bɛma moanyini akyɛ+ wɔ asaase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔne wɔn asefoɔ*+ no so, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no.+
10 “Asaase a morekɔ akɔfa no nte sɛ Egypt asaase a mofiri so baeɛ no. Ɛhɔ deɛ, modua adeɛ a, na mode mo nan na ɛgugu so nsuo* te sɛ mfikyifuo. 11 Nanso asaase a moretwa akɔfa yi yɛ mmepɔ ne abɔn+ asaase a ɛnom nyankonsuo.+ 12 Ɛyɛ asaase a Yehowa mo Nyankopɔn hwɛ so. Yehowa mo Nyankopɔn ani ku ho firi afe mfitiaseɛ kɔsi afe awieeɛ.
13 “Sɛ motie ahyɛdeɛ a mede rema mo nnɛ yi na modɔ Yehowa mo Nyankopɔn de mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa som no a,+ 14 ɛnneɛ me nso mɛtɔ nsuo agu mo asaase so wɔ ne berɛ mu, sutɔberɛ mu nsuo* ne fefɛ berɛ mu nsuo.* Na mobɛboaboa mo hwiit* ne mo bobesa foforɔ ne mo ngo ano.+ 15 Na mɛma mo nyɛmmoa anya serɛ awe wɔ mo asaase so na mo nso moadidi amee.+ 16 Monhwɛ yie na biribiara antwetwe mo akoma amma moankɔsom anyame foforɔ ankoto wɔn.+ 17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa bo bɛfu mo dendeenden, na ɔbɛto ɔsoro mu na nsuo rentɔ,+ na asaase remmɔ aduane, na ɛrenni da bi na mo ase ahye afiri asaase pa a Yehowa de ama mo no so.+
18 “Momfa me nsɛm yi nsie mo akoma ne mo kra* mu, na momfa nkyekyere mo nsa na akae mo, na momfa nyɛ adeɛ a mode bɔ mo moma so.*+ 19 Momfa nkyerɛkyerɛ mo mma na monka ho asɛm berɛ a mote fie, berɛ a monam kwan so, berɛ a moda hɔ, ne berɛ a moasɔre.+ 20 Montwerɛ ngu mo fie aponnwa ne mo aponkɛseɛ ho, 21 na ama mo ne mo mma atena ase akyɛ+ wɔ asaase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn no so,+ berɛ tenten a ɔsoro kata asaase so yi.
22 “Sɛ motie mmara a mede rema mo yi nyinaa na modi so, na modɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ nante n’akwan nyinaa so, na mobata ne ho+ a, 23 Yehowa nso bɛpamo aman yi nyinaa afiri mo anim,+ na moafa aman akɛseɛ a wɔdɔɔso sene mo no asaase atena so.+ 24 Baabi a mo nan bɛtia biara bɛyɛ mo dea.+ Ɛfiri serɛ no so kɔsi Lebanon, ɛfiri Asubɔnten no, Asubɔnten Eufrate ho kɔsi atɔeɛ fam po* no ano nyinaa bɛyɛ mo asaase.+ 25 Obiara rentumi nnyina mo anim.+ Asaase a mobɛfa so no nyinaa, Yehowa mo Nyankopɔn bɛma mo ho hu atɔ wɔn so na wɔasuro mo+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no.
26 “Monhwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim:+ 27 Sɛ motie Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo nnɛ yi a, mo nsa bɛka nhyira no.+ 28 Na nnome no nso, sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛdeɛ+ na momane firi kwan a merekyerɛ mo nnɛ yi so kɔdi anyame foforɔ a monnim wɔn akyi a, ɛnneɛ ɛbɛba mo so.
29 “Sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de mo duru asaase a morekɔfa no so a, Gerisim Bepɔ so na monka Onyankopɔn nhyira no, na monka ne nnome no wɔ Ebal Bepɔ so.+ 30 Sɛ motwa kɔ Yordan atɔeɛ fam a, mmepɔ no wɔ Kaananfoɔ a wɔte Araba no asaase so. Ɛhɔ bɛn More nnua akɛseɛ a ɛwɔ Gilgal anim no.+ 31 Moretwa Yordan akɔfa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo no.+ Sɛ mo nsa ka asaase no na motena so a, 32 monhwɛ nni ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a mereka ho asɛm akyerɛ mo nnɛ yi nyinaa so.+
12 “Weinom ne m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm a ɛsɛ sɛ modi so wɔ asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de bɛma mo no so. Mo nkwa nna a mode bɛtena asaase no so nyinaa monhwɛ sɛ mobɛdi so. 2 Faako a amanaman a morekɔpamo wɔn no som wɔn anyame no,+ monsɛe hɔ nyinaa pasaa; mmepɔ atenten so, nkokoɔ so, ne nnua kusuu ase. 3 Mommubu wɔn afɔrebukyia ne wɔn abosom adum,+ momfa gya nhye wɔn abosonnua,* na montwitwa wɔn anyame ahoni ngu.+ Mompepa wɔn din mfiri hɔ koraa.+
4 “Yehowa mo Nyankopɔn deɛ, ɛnsɛ sɛ mosom no saa.+ 5 Mmom baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato ama no ayɛ ne tenabea wɔ mmusuakuo no nyinaa mu no, ɛhɔ na momfa mo ani nkyerɛ, na ɛhɔ na monkɔ.+ 6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyeɛ afɔreɛ,+ mmoa a mobɛkum abɔ afɔreɛ foforɔ, mo ntotosoɔ du du,*+ mo ntoboa,+ mo bɔhyɛ afɔreɛ, mo ayamyɛ afɔreɛ,+ ne mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan nyinaa nkɔ.+ 7 Ɛhɔ na mo ne mo fiefoɔ nnidi wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mobɛyɛ no, momma mo ani nnye,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo.
8 “Monhwɛ na moanyɛ deɛ yɛreyɛ wɔ ha nnɛ yi bi. Ɛha deɛ, obiara yɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so,* 9 ɛfiri sɛ monnya nnuruu homebea+ ne asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo sɛ agyapadeɛ no so. 10 Sɛ motwa Yordan+ kɔtena asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo no so a, ɔbɛma moahome afiri mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa nsam, na moatena ase dwoodwoo.+ 11 Baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no,+ ɛhɔ na momfa deɛ maka ho asɛm yi nyinaa nkɔ: Mo hyeɛ afɔreɛ, mmoa a mobɛkum wɔn abɔ afɔreɛ foforɔ, mo ntotosoɔ du du,*+ mo ntoboa, ne biribiara a moahyɛ bɔ sɛ mode bɛma Yehowa. 12 Mo ani bɛgye wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mma mmarima, mo mma mmaa, mo nkoa ne mo mfenaa, ne Lewifoɔ a wɔamma wɔn mo agyapadeɛ no bi+ a enti wɔwɔ mo nkuro* mu no. 13 Hwɛ yie na woammɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ baabiara kɛkɛ.+ 14 Baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi no mmusuakuo yi bi asaase so no, ɛhɔ na bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, na ɛhɔ na yɛ deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa.+
15 “Nanso berɛ biara a wo kɔn bɛdɔ* nam no, kum na we+ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo wɔ mo nkuro* nyinaa mu no. Obi a ne ho nteɛ ne deɛ ne ho teɛ nyinaa bɛtumi awe bi, sɛdeɛ motumi we ɔtwe anaa wansane no. 16 Nanso monhwɛ na moanni aboa no mogya.+ Monhwie ngu fam sɛ nsuo.+ 17 Weinom ne deɛ morentumi nni bi wɔ mo nkuro* mu: mo hwiit nkyɛmu du mu baako, mo bobesa foforɔ nkyɛmu du mu baako, mo ngo mu nkyɛmu du mu baako, mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan,+ mo bɔhyɛ afɔreɛ, mo ayamyɛ afɔreɛ, anaa deɛ mode rema sɛ ntoboa. 18 Weinom na di no Yehowa wo Nyankopɔn anim. Faako a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ no,+ ɛhɔ na di; wo ne wo mma mmarima, wo mma mmaa, wo nkoa ne wo mfenaa, ne Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro* mu no. Biribiara a wobɛyɛ biara, ma w’ani nnye wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim. 19 Nna a wote w’asaase so nyinaa no, hwɛ na woammu w’ani angu Lewifoɔ so.+
20 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn trɛ w’ahyeɛ mu+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wo bɔ no+ a, ebia wo kɔn bɛdɔ* nam na woaka sɛ, ‘Menya nam a, mɛwe.’ Ɛnneɛ, berɛ biara a wo kɔn bɛdɔ* nam no, wobɛtumi awe.+ 21 Sɛ baabi a Yehowa mo Nyankopɔn de ne din bɛto no+ ware ma mo a, ɛnneɛ berɛ biara a mo kɔn bɛdɔ* nam no, mobɛtumi akum anantwie anaa nnwan a Yehowa de ama mo no bi awe wɔ mo nkuro* mu, sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no. 22 Sɛdeɛ wowɔ hokwan sɛ wowe ɔtwe ne wansane no,+ saa ara na wobɛtumi awe. Obi a ne ho nte ne deɛ ne ho te nyinaa bɛtumi awe bi. 23 Si w’adwene pi sɛ worenni mogya,+ ɛfiri sɛ nkwa* no ara ne mogya no,+ na nni nkwa* no nka nam no ho. 24 Nni; hwie gu fam sɛ nsuo.+ 25 Nni, na ama woayɛ deɛ ɛsɔ Yehowa ani, na asi wo ne wo mma a wɔbɛdi w’akyi aba no yie. 26 Wo nneɛma a ɛyɛ kronkron ne wo bɔhyɛ afɔreɛ deɛ, fa kɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ no. 27 Ɛhɔ na fa nam ne mogya no bɛbɔ wo hyeɛ afɔreɛ+ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn afɔrebukyia so, na hwie mmoa no mogya gu Yehowa wo Nyankopɔn afɔrebukyia no ho,+ na nam no deɛ, wobɛtumi awe.
28 “Hwɛ sɛ wobɛdi ahyɛdeɛ a mede rema wo yi nyinaa so. Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo ne wo mma a wɔbɛdi w’akyi aba no yie daa, ɛfiri sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ woreyɛ deɛ ɛtene na ɛsɔ Yehowa wo Nyankopɔn ani.
29 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn tu aman a worekɔ so no,+ na wokɔtena wɔn asaase so a, 30 hwɛ yie na sɛ ɔsɛe wɔn wie a, biribiara ansum wo fidie amma woankɔdi wɔn akyi. Nkɔbisa wɔn anyame ho asɛm sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na aman yi faa so som wɔn anyame? Ma me nso menyɛ saa.’+ 31 Nyɛ biribi a ɛte saa wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ deɛ Yehowa wo Nyankopɔn kyiri na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa mpo bɔ afɔreɛ wɔ gya mu ma wɔn anyame.+ 32 Monhwɛ nni asɛm biara a maka akyerɛ mo so.+ Mommfa bi nnka ho, na monnyi bi nso mmfiri mu.+
13 “Sɛ odiyifoɔ anaa obi a ɔnam daeɛ so ka daakye asɛm sɔre wɔ wo kurom na sɛ ɔka sɛ sɛnkyerɛnne anaa anwanwadeɛ bi bɛsi, 2 na sɛnkyerɛnne anaa anwanwadeɛ a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wo no ba mu na ɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Momma yɛnkɔdi anyame foforo’ a monnim wɔn ‘akyi nkɔsom wɔn’ a, 3 ɛnsɛ sɛ motie saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no anom asɛm.+ Monhu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de resɔ mo ahwɛ+ sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa dɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ anaa. 4 Yehowa mo Nyankopɔn akyi na monni, ɔno na monsuro no, n’ahyɛdeɛ so na monni, n’asɛm na montie, ɔno na monsom no, na ɔno na mommata ne ho.+ 5 Mmom saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no deɛ, monku no,+ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma mosɔre tia Yehowa mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so na ɔgyee mo no. Ɔpɛ sɛ momane firi ɛkwan a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ momfa so no so; monyi adebɔne no mfiri mo mu.+
6 “Ebia wo nuabarima a ɔyɛ wo maame ba, anaa wo babarima anaa wo babaa anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa wo yɔnko berɛboɔ bi bɛyɛ sɛ ɔrebɛdaadaa wo wɔ kokoam sɛ, ‘Ma yɛnkɔsom anyame foforɔ’+ a wo ne w’agyanom nnim wɔn, 7 anyame a aman a atwa mo ho ahyia nyinaa som wɔn no, aman a wɔbɛn mo anaa wɔwɔ akyirikyiri, ɛfiri asaase ano kɔsi asaase ano. 8 Ɛba saa a, mpene so na ntie no,+ nhu no mmɔbɔ, na mma wo yam nnhyehye wo mmma no, na nkata deɛ wayɛ no so; 9 mmom ɛsɛ sɛ woku no.+ Di kan si no aboɔ, na ɔman no nyinaa nni akyire nsi no aboɔ nkum no.+ 10 Si no aboɔ ku no,+ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe wo firi Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so no ho. 11 Ɛba saa a, Israelfoɔ nyinaa bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa bio wɔ mo mu.+
12 “Nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no, ebia wobɛte sɛ wɔreka wɔ nkuro no bi mu sɛ, 13 ‘Nnipahunu bi asɔre pɛ sɛ wɔsɛe kuro no mufoɔ adwene, na wɔka sɛ monkɔsom anyame foforɔ a monnim wɔn.’ 14 Ɛba saa a, monhwehwɛ asɛm no mu yie nhwɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ anaa.+ Mohu sɛ wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛte saa wɔ wo mu ampa a, 15 momfa sekan nkunkum nnipa a wɔwɔ kuro no mu nyinaa,+ na momfa sekan nsɛe kuro no, emu nneɛma, ne emu nyɛmmoa nyinaa pasaa.+ 16 Afei mommoaboa asadeɛ* a aka nyinaa ano ngu kuro no mfimfini, na momfa gya nhye kuro no ne asadeɛ no nyinaa mma no nyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa mo Nyankopɔn. Kuro no bɛdane amamfo afebɔɔ, na wɔrenkyekyere bio. 17 Mfa wo nsa nka biribiara a ɛsɛ sɛ mosɛe no;+ ɛno bɛma Yehowa bo adwo. Ne yam bɛhyehye no na wahu wo mmɔbɔ na wama w’asefoɔ adɔɔso sɛdeɛ ɔkaa w’agyanom ntam no.+ 18 Enti tie Yehowa wo Nyankopɔn na di n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa wo Nyankopɔn ani so.+
14 “Yehowa mo Nyankopɔn mma ne mo. Monhwɛ na obi a wawu nti, moantwitwa mo ho akam anaa moanyi mo ani akyi nwi.*+ 2 Ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron+ ma Yehowa wo Nyankopɔn, na Yehowa ayi wo de wo ayɛ ne man, n’agyapadeɛ titire* wɔ asaase so aman nyinaa mu.+
3 “Nni akyiwadeɛ biara.+ 4 Mmoa a mobɛtumi awe nie:+ nantwie, odwan, apɔnkye, 5 wansane, ɔtwe, ɔkwaduo, eyuo, adowa, wuram dwan, ne bepɔ so dwan. 6 Mobɛtumi awe aboa biara a ne nan mu apae mmienu na ɔpu wesa. 7 Mmoa a wɔpu wesa anaa wɔn nan mu apae a ɛnsɛ sɛ mowe nie: yoma, adanko, ne nkukuban, ɛfiri sɛ wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn nan mu mpaee mmienu. Wɔn ho nte mma mo.+ 8 Bio nso, monnwe prako, ɛfiri sɛ ne nan mu apae mmienu deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ne ho nte mma mo. Monnwe wɔn nam, na monnsɔ wɔn afunu mu.
9 “Nsuo mu mmoa a mobɛtumi awe nie: Aboa biara a ntɛtɛ ne abena wɔ ne ho deɛ, mobɛtumi awe.+ 10 Deɛ ɔnni ntɛtɛ anaa abena deɛ, monnwe. Ne ho nte mma mo.
11 “Mobɛtumi awe anomaa biara a ne ho teɛ. 12 Nanso weinom deɛ, monnwe: ɔkɔdeɛ, ɔkorɔbia, pɛtɛ tuntum,+ 13 ɔkompɛtɛ, ɔkom, asansa ahodoɔ nyinaa bi, 14 kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa bi, 15 sohori, patuo, asomfena, nkorɔma ahodoɔ nyinaa bi, 16 patuo ketewa, patuo asotenten, suborɔkokɔ, 17 nsuo so dabodabo, pɛtɛ, ɛpo so anene, 18 asukɔnkɔn, nsunoma ahodoɔ nyinaa bi, asɔkwaa, ne apan. 19 Afei nso, mmoa nketenkete* a wɔtu biara ho nte mma mo. Monnwe. 20 Mobɛtumi awe mmoa a wɔtu a wɔn ho te nyinaa.
21 “Ɛnsɛ sɛ mowe aboa funu biara.+ Mobɛtumi de ama ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro* mu ama no awe, anaa mobɛtumi atɔn ama ɔman foforɔ muni. Moyɛ ɔman kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn.
“Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufosuo mu.+
22 “Afe biara fa w’afuo mu nnɔbaeɛ nyinaa so ntotosoɔ du du* bra.+ 23 Fa wo hwiit nkyɛmu du mu baako, wo bobesa foforɔ nkyɛmu du mu baako, wo ngo mu nkyɛmu du mu baako, ne w’anantwie ne wo nnwan mu mmakan bra baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no.+ Fa bra bɛdi no n’anim na ama woasua sɛ wobɛsuro Yehowa wo Nyankopɔn daa.+
24 “Ebia na baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bɛto no+ ware dodo sɛ wobɛsoa nneɛma no akɔ hɔ (ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira wo). 25 Ɛba saa a, yɛ no sika na kyekyere kura kɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ no. 26 Woduru hɔ a, fa sika no tɔ biribiara a wo kɔn bɛdɔ:* anantwie, nnwan, mpɔnkye, bobesa anaa nsã foforɔ biara a ɛborɔ. Biribiara a wopɛ* no, fa bra bɛdi no Yehowa wo Nyankopɔn anim, na wo ne wo fiefoɔ nyinaa ani nnye.+ 27 Na Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu no, mmu w’ani ngu wɔn so,+ ɛfiri sɛ wɔamma wɔn kyɛfa anaa agyapadeɛ biara wɔ mo mu.+
28 “Mfeɛ mmiɛnsa biara ba awieeɛ a, fa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no nnɔbaeɛ a wonyaeɛ nyinaa mu nkyɛmu du mu baako bra wo kurom.+ 29 Ɛsiane sɛ Lewifoɔ annya kyɛfa anaa agyapadeɛ biara wɔ mo mu nti, wɔne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu, nnyanka, ne akunafoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu no bɛba abɛdi amee,+ na deɛ moyɛ nyinaa, Yehowa mo Nyankopɔn bɛhyira so.+
15 “Mfeɛ nson biara awieeɛ no, fa ɛka biara kyɛ.+ 2 Ɛho akwankyerɛ nie: Obiara mfa ɛka a ne yɔnko de no no nkyɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔdan ne yɔnko anaa ne nua ka, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ berɛ a wɔde ɛka kyɛ wɔ Yehowa anim.+ 3 Wobɛtumi adan ɔhɔhoɔ ka,+ nanso wo nua deɛ, ɛka biara a ɔde wo no, fa kyɛ no. 4 Ɛnsɛ sɛ ɛhia obi wɔ wo kurom, ɛfiri sɛ Yehowa bɛhyira wo+ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ no so, 5 nanso gye sɛ wotie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wodi ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so.+ 6 Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira wo sɛdeɛ ɔhyɛɛ wo bɔ no, na wode nneɛma bɛfɛm aman pii, na wo deɛ, worenkɔfɛm hwee;+ na wobɛdi aman pii so, na wo deɛ, wɔrenni wo so.+
7 “Sɛ woduru asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mmɔ wo nua hiani no atirimuɔden, na mma wo nsam nnyɛ den wɔ ne so.+ 8 Bue wo nsam ma no+ na fa deɛ ɔhia biara fɛm no. 9 Hwɛ yie na adwemmɔne amma w’akomam sɛ, ‘Aka kakraa bi na afe a ɛtɔ so nson a wɔde ɛka kyɛ no aduru.’+ Sɛ wodwene saa a, wobɛkata w’ani abɔ wo nua hiani no atirimuɔden. Ɛba saa a, wo nti ɔbɛsu afrɛ Yehowa na ɛbɛdane bɔne ama wo.+ 10 Yi wo yam pɛ biribi ma no,+ na ɛnsɛ sɛ woyɛ* no amemenemfe so. Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwɛ ho ahyira biribiara a woyɛ so, na ɔbɛhyira deɛ wo nsa bɛsɔ mu biara nso.+ 11 Hu sɛ ohiani rempa w’asaase so.+ Wei nti mereka akyerɛ wo sɛ, ‘Bue wo nsam ma wo nua a ne ho akyere no anaa deɛ ahia no wɔ w’asaase so.’+
12 “Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini barima anaa ɔbaa ma wo, na ɔsom wo mfeɛ nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no ma no nkɔ.+ 13 Na sɛ wogyaa no a, mma no mmfa nsapan nnkɔ. 14 Yi wo yam fa wo nnwan, wo nnɔbaeɛ, wo ngo, ne wo nsã* no bi gya no kwan. Sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo no, wo nso pɛ biribi ma no. 15 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt asaase so, na Yehowa wo Nyankopɔn gyee wo. Ɛno nti na ɛnnɛ mede mmara yi rema wo sɛ di so no.
16 “Nanso sɛ ɔdɔ wo ne wo fiefoɔ, na ɔte nka sɛ wo nkyɛn a ɔte nti ɔwɔ anigyeɛ a, ebia ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mempɛ sɛ mefiri wo nkyɛn!’+ 17 Ɛba saa a, fa no kɔgyina ɛpono ho na fa adeɛ a wɔde bɔ tokuro bɔ n’asom tokuro ma no nyɛ w’akoa afebɔɔ. Sɛ ɔyɛ afenaa nso a, yɛ no saa ara. 18 Mma no nnyɛ wo den sɛ wobɛgyaa no ama no akɔ, ɛfiri sɛ adwuma a ɔde mfeɛ nsia yɛeɛ no te sɛ apaafoɔ mmienu adwuma; afei nso, Yehowa wo Nyankopɔn ahyira deɛ woayɛ biara so.
19 “Hyira w’adwennini ne w’anantwinini a wɔyɛ mmakan no so ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Mfa wo nantwie* a ɔyɛ abakan nyɛ adwuma na ntwitwa wo dwan a ɔyɛ abakan ho nwi. 20 Afe biara, wo ne wo fiefoɔ nwe no Yehowa wo Nyankopɔn anim wɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ.+ 21 Nanso sɛ aboa no atɔ apakye, n’ani abɔ, anaa wadi dɛm foforɔ biara a, mfa no mmɔ afɔreɛ mma Yehowa wo Nyankopɔn.+ 22 We no wo kuro* mu. Obi a ne ho nte ne deɛ ne ho te nyinaa bɛtumi awe bi, sɛdeɛ motumi we ɔtwe anaa wansane no.+ 23 Nanso hwɛ na woanni ne mogya.+ Hwie gu fam sɛ nsuo.+
16 “Kae bosome Abib* na di Twam ma Yehowa wo Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ bosome Abib mu na Yehowa wo Nyankopɔn yii wo firii Egypt anadwo.+ 2 Fa odwan ne nantwie+ bɔ Twam afɔreɛ ma Yehowa wo Nyankopɔn+ wɔ baabi a Yehowa bɛyi de ne din ato no.+ 3 Ɛnsɛ sɛ wode biribiara a emu ka ka ho di.+ Nnanson na di paanoo a mmɔka* nnim anaa ahoyera paanoo no, ɛfiri sɛ wode ahoperɛ na ɛfirii Egypt asaase so baeɛ.+ Yɛ saa fa kae da a wofirii Egypt no wo nkwa nna nyinaa.+ 4 Ɛnsɛ sɛ wɔhu mmɔka biara wɔ obiara nkyɛn wɔ asaase no nyinaa so nnanson.+ Afei sɛ wokum aboa no da a ɛdi kan no anwummerɛ a, nnya bi mma adeɛ nnkye so.+ 5 Worentumi nkum Twam aboa no wɔ nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no biara mu kɛkɛ. 6 Mmom baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no, ɛhɔ na kum Twam aboa no. Kum no anwummerɛ a awia akɔtɔ,+ te sɛ berɛ a na worefiri Egypt no. 7 Noa aboa no nam na we+ no baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ,+ na adeɛ kye anɔpa a woasan akɔ wo ntomadan mu. 8 Di paanoo a mmɔka nnim nnansia, na da a ɛtɔ so nson no bɛyɛ nhyiamu titire ama Yehowa wo Nyankopɔn. Nyɛ adwuma biara.+
9 “Kan nnawɔtwe nson. Ɛda a ɛdi kan a wode kantankrankyi* bɛto wo hwiit* so sɛ woretwa no, kan nnawɔtwe nson no firi saa da no.+ 10 Afei di Nnawɔtwe Afahyɛ ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Hwɛ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo no ho na fa ayamyɛ afɔreɛ bra.+ 11 Wo ne wɔn a wɔte w’asaase so nyinaa ani nnye wɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no; wo babarima, wo babaa, w’akoa ne w’afenaa, Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro* mu, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafoɔ, wo ne wɔn nyinaa ani nnye wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ 12 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt,+ enti tie ahyɛdeɛ yi nyinaa na di so.
13 “Sɛ woboaboa wo nnɔbaeɛ ne wo ngo ne wo nsã* ano a, di Apata* Afahyɛ no nnanson.+ 14 Ɛduru afahyɛ berɛ yi a, ma w’ani nnye,+ wo ne wo babarima, wo babaa, w’akoa ne w’afenaa, Lewini, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafoɔ a ɔwɔ wo kurom no. 15 Di afahyɛ no nnanson+ fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn animuonyam wɔ baabi a Yehowa bɛyi no, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira wo nnɔbaeɛ+ ne deɛ woyɛ nyinaa so. Enti deɛ wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma w’ani agye.+
16 “Afe biara mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa bɛba abɛgyina Yehowa mo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛyi ama moadi Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ,+ Nnawɔtwe Afahyɛ,+ ne Apata* Afahyɛ+ no. Na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara de nsapan ba Yehowa anim. 17 Obiara nhwɛ sɛdeɛ Yehowa ne Nyankopɔn ahyira no ho na ɔmfa n’akyɛdeɛ mmra.+
18 “Yi atemmufoɔ+ ne mpanimfoɔ wɔ nkuro* a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuo biara no mu, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no atɛn. 19 Mmu atɛnkyea,+ nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmudeɛ,* ɛfiri sɛ adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani,+ na ɛtumi ma ateneneefoɔ sesa wɔn ano. 20 Atɛntenenee, atɛntenenee nko ara na di akyire,+ na woanya nkwa na woakɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no.
21 “Hwɛ na woannua dua biara amfa anyɛ abosonnua*+ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn afɔrebukyia a wobɛsi no ho.
22 “Nyɛ ɔbosom dum biara,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ adeɛ a Yehowa wo Nyankopɔn kyiri koraa.
17 “Mfa nantwie anaa odwan a wadi dɛm anaa deɛ adebɔne biara wɔ ne ho mmɔ afɔreɛ mma Yehowa wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.+
2 “Ebia na ɔbarima anaa ɔbaa bi akɔyɛ bɔne anaa wabu Yehowa wo Nyankopɔn apam so wɔ nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no bi mu.+ 3 Sɛ ɔtwe ne ho kɔsom anyame foforɔ anaa ɔkoto awia anaa bosome anaa ɔsoro asafo biara,+ biribi a memmaa ho kwan,+ 4 na sɛ wɔka kyerɛ wo anaa wote ho asɛm a, hwehwɛ asɛm no mu yie. Sɛ ɛbɛda adi sɛ ampa wayɛ akyiwadeɛ a ɛte saa wɔ Israel a,+ 5 ɛnneɛ fa ɔbarima anaa ɔbaa a ɔyɛɛ saa bɔne no bra kuro no pono ano, na si ɔbarima anaa ɔbaa no aboɔ ku no.+ 6 Adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa anom asɛm so+ na wɔnnyina nku no. Ɛnsɛ sɛ wɔgyina ɔdansefoɔ baako anom asɛm so ku no.+ 7 Adansefoɔ no nni kan nsi no aboɔ, na ɔman no nyinaa nni akyire nsi no aboɔ nku no. Yɛ saa fa yi adebɔne no firi wo mu.+
8 “Sɛ asɛm bi sɔre wɔ wo nkuro no baako mu, na sɛ asɛm no mu yɛ duru ma wo sɛ wobɛdi a, sɛ ɛyɛ mogyahwieguo ho asɛm oo,+ ɛyɛ manso na nkurɔfoɔ retwe oo, ɛyɛ obi na ɔto hyɛɛ ne yɔnko so oo, sɔre kɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn ayi no,+ 9 na kɔhu Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no ne ɔtemmufoɔ+ a ɔwɔ hɔ saa berɛ no, na fa asɛm no to wɔn anim na wɔmmua mma wo.+ 10 Asɛm biara a wɔbɛka akyerɛ wo wɔ baabi a Yehowa ayi no, di so, na biribiara a wɔbɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ no saa pɛpɛɛpɛ. 11 Mmara no mu asɛm biara a wɔbɛkyerɛ wo anaa atɛn biara a wɔbɛbu no, di so.+ Atɛn a wɔbɛbu no, mmane mfiri ho nkɔ benkum anaa nifa.+ 12 Sɛ obi yɛ ahantan na wantie ɔsɔfoɔ a ɔgyina Yehowa wo Nyankopɔn anim resom anaa ɔtemmufoɔ no a, ɛsɛ sɛ ɔwu;+ yi adebɔne no firi Israel.+ 13 Ɛba saa a, ɔman no nyinaa bɛte na wɔasuro, na obiara amma ne ho so bio.+
14 “Sɛ wonya kɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no tena so, na woka sɛ, ‘Ma mensi ɔhene na ɔnni me so te sɛ aman a atwa me ho ahyia+ no nyinaa’ a, 15 ɛnneɛ obi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi no na ɛsɛ sɛ wode no si wo so hene.+ Ma wo nuanom no bi nni wo so hene. Worentumi mma ɔhɔhoɔ a ɔnyɛ wo nua nni wo so. 16 Nanso ɛnsɛ sɛ ɔhwehwɛ apɔnkɔ pii+ anaa ɔma nkurɔfoɔ no san kɔ Egypt kɔpɛ apɔnkɔ pii,+ ɛfiri sɛ Yehowa ka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Monnsan mo akyi nnkɔfa ɛkwan yi so bio.’ 17 Afei nso, ɛnsɛ sɛ ɔware mmaa bebree na n’akoma ammane,+ na ɛnsɛ sɛ ɔhwehwɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ pii nso.+ 18 Sɛ ɔbɛtena n’ahennwa so a, Mmara a ɛwɔ Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no nkyɛn no,+ ɔnhwɛ so ntwerɛ bi wɔ nwoma* mu.
19 “Ɔmfa nto ne ho na ɔnkenkan no ne nkwa nna nyinaa+ na ama no asua sɛ ɔbɛsuro Yehowa ne Nyankopɔn, na wadi Mmara yi mu nsɛm ne ahyɛdeɛ yi nyinaa so.+ 20 Ɔyɛ saa a, ɔremma ne ho so nsene ne nuanom wɔ n’akoma mu, na ɔremmane mfiri ahyɛdeɛ yi ho nkɔ benkum anaa nifa, na ama no atena n’ahennwa no so akyɛ wɔ Israel, ɔne ne mma nyinaa.
18 “Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no, Lewi abusuakuo no nyinaa, Wɔremma obiara kyɛfa anaa agyapadeɛ biara wɔ Israel. Yehowa kyɛfa a ɛne afɔreɛ a wɔde gya hye ma no no, ɛno na wɔbɛdi.+ 2 Enti ɛnsɛ sɛ wɔnya agyapadeɛ biara wɔ wɔn nuanom mu. Yehowa ne wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ waka akyerɛ wɔn no.
3 “Deɛ ɔman no de bɛma asɔfoɔ no nie: Obiara a ɔde aboa bɛbɔ afɔreɛ no, nantwie oo, odwan oo, ɔmfa n’abasa, n’abɔdwe, ne n’afuru mma asɔfoɔ no. 4 Fa wo nnɔbaeɛ a ɛdi kan, wo bobesa foforɔ, wo ngo, ne wo nnwan ho nwi a wobɛdi kan atwitwa ma no.+ 5 Yehowa wo Nyankopɔn ayi ɔne ne mma afiri wo mmusuakuo no nyinaa mu sɛ wɔnsom wɔ Yehowa din mu daa.+
6 “Nanso sɛ Lewini bi te Israel nkuro no bi mu+ na ɔpɛ* sɛ ɔkɔ baabi a Yehowa ayi* no+ a, 7 ɛnneɛ ɔno nso bɛtumi asom wɔ Yehowa ne Nyankopɔn din mu sɛdeɛ ne nuanom Lewifoɔ a wɔgyina Yehowa anim no nyinaa som no.+ 8 Deɛ wɔbɛdi no, wɔbɛkyɛ mu pɛ ama ɔno nso anya ne kyɛfa,+ na deɛ ɔbɛnya afiri n’agyanom nneɛma a ɔbɛtɔn mu no, ɛno nso bɛyɛ ne dea.
9 “Sɛ woduru asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so a, nsua akyiwadeɛ a saa aman no yɛ no bi.+ 10 Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusudeɛ yi bi tena mo mu: obi a ɔhye ne babarima anaa ne babaa wɔ gya mu,*+ deɛ ɔhyɛ abosonkɔm anaa ɔyi nkonyaa,+ deɛ ɔkɔ abisa,+ deɛ ɔdi asumansɛm,+ 11 deɛ ɔkyekyere* nkurɔfoɔ, deɛ ɔkɔ akɔmfoɔ anaa wɔn a wɔka daakye asɛm hɔ,+ anaa deɛ ɔne awufoɔ kasa.+ 12 Yehowa kyiri obiara a ɔyɛ saa nneɛma yi bi, na saa akyiwadeɛ yi nti na Yehowa wo Nyankopɔn repamo wɔn afiri w’anim. 13 Hwɛ na wo ho amma asɛm wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+
14 “Aman a worekɔtu wɔn no tie nkonyaayifoɔ+ na wɔkɔ abisa.+ Nanso wo deɛ, Yehowa wo Nyankopɔn mma kwan sɛ wobɛyɛ saa nneɛma yi. 15 Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi odiyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri wo nuanom mu ama wo; ɛsɛ sɛ wotie no.+ 16 Ɛda a ɔman no bɔɔ dwa no, wei ne mmuaeɛ a wonyaeɛ berɛ a wode w’abisadeɛ too Yehowa wo Nyankopɔn anim wɔ Horeb no.+ Saa da no na wokaa sɛ, ‘Mma mennte Yehowa me Nyankopɔn nne bio, na mma mennhu egya kɛseɛ yi bio na manwu.’+ 17 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Deɛ wɔaka no yɛ. 18 Mɛyi odiyifoɔ bi a ɔte sɛ wo afiri wɔn nuanom mu ama wɔn,+ na mede me nsɛm bɛhyɛ n’ano,+ na deɛ mɛka akyerɛ no biara, ɔbɛka akyerɛ wɔn.+ 19 M’asɛm a ɔbɛka no me din mu no, sɛ obi antie a, mɛbisa saa onipa no.+
20 “‘Na sɛ odiyifoɔ bi di ahantansɛm de me din ka asɛm a mensomaa no sɛ ɔnka anaa ɔka asɛm bi wɔ anyame foforɔ din mu a, ɛsɛ sɛ saa odiyifoɔ no wu.+ 21 Nanso ebia wobɛka no w’akomam sɛ: “Yɛbɛyɛ dɛn ahunu sɛ asɛm no mfiri Yehowa hɔ?” 22 Sɛ odiyifoɔ no de Yehowa din ka asɛm bi na amma mu a, ɛnneɛ na asɛm no mfiri Yehowa. Ahantan na ɛmaa odiyifoɔ no yɛɛ saa. Nsuro no.’
19 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn sɛe aman a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn nsaase rema wo no, na wokɔtena wɔn nkuro ne wɔn afie mu a,+ 2 yi nkuro mmiɛnsa wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+ 3 Kyɛ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no mu mmiɛnsa, na siesie akwan a ɛkɔ nkuro no mu no, na sɛ obi kum onipa a, watumi adwane akɔ nkuro no baako mu.
4 “Sɛ obi kum onipa a, deɛ ɛbɛma no adwane akɔ hɔ akɔnya ne tiri adidi mu ne sɛ, wanhyɛ da na ɔkum ne yɔnko no, na na ɔntan no dada.+ 5 Ebi ne sɛ ebia obi ne ne yɔnko akɔ anyina na wama akuma so sɛ ɔretwa gya wɔ wuram na dadeɛ no ahɔn afiri dua no so abɛbɔ ne yɔnko no akum no. Ɛba saa a, deɛ wakum onipa no nnwane nkɔ nkuro yi baako mu na ɔnnya nkwa.+ 6 Anyɛ saa a, anhwɛ a deɛ wɔakum no no busuani*+ no de abufuhyeɛ bɛtaa deɛ waku ne ho nipa no so, na ɛsiane sɛ ɛkwan no ware nti, ɔbɛkɔ akɔto no aku no. Nanso ɛnsɛ sɛ ɔwu, ɛfiri sɛ na ɔntan ne yɔnko no.+ 7 Ɛno nti na mereka akyerɛ wo sɛ: ‘Yi nkuro mmiɛnsa’ no.
8 “Sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn kaa w’agyanom ntam no, sɛ ɔtrɛ w’ahyeɛ mu+ na ɔde asaase a ɔhyɛɛ w’agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no nyinaa ma wo a,+ 9 (mmom gye sɛ wodi mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so pɛpɛɛpɛ, wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn, na wonante n’akwan so daa)+ ɛnneɛ san fa nkuro mmiɛnsa ka mmiɛnsa no ho.+ 10 Ɛba saa a, ɛremma wonhwie mogya a ɛdi bem ngu+ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so, na worenni mogya ho fɔ.+
11 “Nanso sɛ ɛba sɛ obi tan ne yɔnko+ na ɔkɔtɛ no na ɔto hyɛ ne so de biribi bɔ no* pira no ma no wu, na ɔdwane kɔ nkuro yi bi mu a, 12 ɛnneɛ ne kurom mpanimfoɔ nsoma nkɔfa no mfiri hɔ, na wɔmfa no nhyɛ deɛ wɔakum no no busuani* nsa, na ɔnku no.+ 13 Nhu no mmɔbɔ; yi mogya a ɛdi bem ho asodie firi Israel so+ na asi wo yie.
14 “Sɛ wonya kɔtena asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so, na wo nsa ka w’agyapadeɛ a, mpia wo yɔnko hyeɛ+ a wo nananom ato dada wɔ asaase no so no.
15 “Ɛnsɛ sɛ mogyina onipa baako adanseɛ so bu obi fɔ* wɔ mfomsoɔ anaa bɔne biara a wayɛ ho.+ Adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa adanseɛ* so na ɛsɛ sɛ asɛm no gyina.+ 16 Sɛ obi de adwemmɔne kɔdi ne yɔnko ho adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ*+ sɛ wato mmara a, 17 nnipa mmienu a asɛm no fa wɔn ho no mmra Yehowa anim mmɛgyina asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ saa berɛ no anim.+ 18 Ma atemmufoɔ no nhwehwɛ asɛm no mu yie,+ na sɛ ɛbɛda adi sɛ ɔdansefoɔ no redi adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ na watwa asɛm ato ne nua no so a, 19 ɛnneɛ adeɛ a ɔbɔɔ pɔ sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no, mo nso monyɛ no saa ara,+ na monyi adebɔne no mfiri mo mu.+ 20 Ɛba saa a, wɔn a wɔaka no bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa bio wɔ mo mu.+ 21 Nhu obiara mmɔbɔ:+ Nkwa* nsi nkwa* ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+
20 “Sɛ wo ne w’atamfo rekɔko na wohunu sɛ wɔwɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɛdɔm pii sene wo a, nsuro wɔn, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt asaase so no ka wo ho.+ 2 Sɛ morebɛkɔ ɛko a, ɔsɔfoɔ no mmɛkasa nkyerɛ asraafoɔ no.+ 3 Ɔnka sɛ, ‘O Israel montie, ɛnnɛ morekɔ mo atamfo so ne wɔn akɔko. Mommma mo akoma nntu, monnsuro wɔn, na mommmɔ hu, na mommma mo ho mmpopo, 4 ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ka mo ho, na ɔne mo atamfo bɛko ama mo na wagye mo.’+
5 “Mpanimfoɔ no nso mmɛka nkyerɛ asraafoɔ no sɛ, ‘Hwan na asi fie foforɔ a ɔmmuee ano? Ɔnsan nkɔ ne fie na wankɔwu wɔ akono amma obi foforɔ ammue ano. 6 Hwan na ayɛ bobefuo* a ɔnnya ntee so aba? Ɔnsan nkɔ ne fie na wankɔwu wɔ akono amma obi foforɔ amfa. 7 Hwan na ɔde n’ano ato ɔbaa bi so sɛ ɔbɛware no? Ɔnsan nkɔ ne fie+ na wankɔwu wɔ akono amma ɔbarima foforɔ anware no.’ 8 Mpanimfoɔ no nsan nka nkyerɛ asraafoɔ no sɛ, ‘Hwan na ɔsuro na n’akoma atu?+ Ɔnsan nkɔ ne fie na wantu ne nuanom akoma sɛdeɛ n’akoma atu no.’*+ 9 Sɛ mpanimfoɔ no ne asraafoɔ no kasa wie a, wɔnyi asahene nsisi asraafoɔ no so na wɔnni asraafoɔ no anim.
10 “Sɛ wo ne kuro bi rekɔko a, bɔ dawuro nso na ɛhɔfoɔ nhunu deɛ wɔyɛ a ɛde asomdwoeɛ bɛba.+ 11 Sɛ kuro no mufoɔ de asomdwoeɛ hyia wo na wɔbue wɔn apono ma wo a, ɛnneɛ fa emu nnipa nyinaa yɛ nkoa na wɔnsom wo.+ 12 Nanso sɛ kuro no amfa asomdwoeɛ anhyia wo na sɛ ɛpɛ sɛ ɛne wo ko a, ka kuro no hyem, 13 na Yehowa wo Nyankopɔn nso de kuro no bɛhyɛ wo nsa, na fa sekan kunkum emu mmarima nyinaa. 14 Nanso kuro no mu mmaa, mmɔfra, nyɛmmoa, ne biribiara a ɛwɔ hɔ deɛ, wobɛtumi afa ne nyinaa.+ Nneɛma a wobɛnya afiri w’atamfo hɔ wɔ ɛko mu no bɛyɛ wo dea; Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo.+
15 “Saa na fa yɛ nkuro a ɛne wo ntam twe paa no nyinaa, deɛ ɛnka aman a ɛbɛn wo yi nkuro ho no. 16 Nanso aman a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ yi deɛ, nnya biribiara a ɛhome wɔ nkuro no mu.+ 17 Mmom sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Kaananfoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ no,+ sɛe wɔn pasaa. 18 Sɛe wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a akyiwadeɛ biara a wɔyɛ ma wɔn anyame no, wɔrenkyerɛ mo na monkɔyɛ bi, na moanyɛ bɔne antia Yehowa mo Nyankopɔn.+
19 “Sɛ woka kuro bi hyem, na wopɛ sɛ wodi so nkonim, na sɛ wone kuro no ako nna pii a, mfa akuma nsɛe ɛhɔ nnua.+ Wobɛtumi adi ɛso aba no bi, nanso ntwitwa ngu. Adɛn, dua yɛ onipa na woaka no ahyem? 20 Nnua a wɔnni n’aba deɛ, wobɛtumi atwitwa. Wobɛtumi atwitwa bi de asisi akoban* atwa kuro a ɛne wo reko no ho ahyia akɔsi sɛ ɛbɛhwe ase.
21 “Sɛ wokɔtena asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so na sɛ wokɔto sɛ wɔakum obi ato wuram, na obiara nnim deɛ ɔkuu no a, 2 wo kurom mpanimfoɔ ne atemmufoɔ+ nkɔsusu mfiri faako a deɛ wawu no da no nkɔ nkuro a ɛbembɛn hɔ no. 3 Mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro a ɛbɛn deɛ wawu no paa mfa nantwie ba a ɔnyɛɛ adwuma da na wɔmfaa kɔndua ntoo no so da mmra. 4 Kuro no mu mpanimfoɔ no mfa nantwie ba no nkɔ subɔn a nsuo resene wom mu, baabi a wɔnnɔɔ da na wɔnnuaa hwee wɔ hɔ da. Afei wɔmmu nantwie ba no kɔn mu wɔ subɔn no mu.+
5 “Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no mmra hɔ ɛfiri sɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom+ no na wɔmfa Yehowa din nhyira nkurɔfoɔ.+ Sɛ obi to hyɛ ne yɔnko so anaa awudisɛm bi sɔre a, wɔn anom asɛm so na wɔbɛgyina abua asɛm no.+ 6 Afei mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro a ɛbɛn deɛ wawu no mu nyinaa mmra, na wɔnhohoro wɔn nsa+ ngu nantwie ba a wɔabu ne kɔn mu wɔ subɔn no mu no so, 7 na wɔnka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn nsa na ɛhwiee mogya yi guiɛ, na yɛamfa yɛn ani nso anhu sɛ obi reyɛ saa. 8 O Yehowa, mmu wo man Israel a woagye wɔn+ no fɔ wɔ asɛm yi mu, na mma mogya a ɛdi bem ho asodie nntena wo man Israel mu.’+ Wɔyɛ saa a, ɛnneɛ wɔremfa mogya ho asodie nto wɔn so. 9 Ɛno bɛma woayɛ deɛ ɛsɔ Yehowa ani na woayi mogya a ɛdi bem ho asodie afiri wo mu.
10 “Sɛ wo ne w’atamfo kɔko na Yehowa wo Nyankopɔn ma wodi wɔn so nkonim na wode wɔn yɛ nkoa,+ 11 na wohunu ɔbaa bi wɔ nkoa no mu a ne ho yɛ fɛ, na w’ani gye ne ho na wopɛ sɛ woware no a, 12 wobɛtumi de no akɔ wo fie. Afei ma no nyi ne tiri nwi, ɔmmubu ne mmɔwerɛ,* 13 ɔnyi n’ataadeɛ a ɔde baa nkoasom mu no, na ɔntena wo fie nsu ne papa ne ne maame bosome baako.+ Sɛ ɔwie a, wo ne no nna; wobɛyɛ ne kunu na ɔno nso bɛyɛ wo yere. 14 Na sɛ w’ani nnye ne ho a, gyaa no ma no nkɔ+ baabiara a ɔpɛ.* Woabrɛ no ase, enti hwɛ na woantɔn no anaa woanyɛ no basabasa.
15 “Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom mmienu na ɔdɔ baako sene baako,* na sɛ ɔne mmaa mmienu no nyinaa wo mmarima, na deɛ ɔnnɔ no kɛse no ba ne panin a,+ 16 ɛnneɛ da a ɔbɛkyɛ n’agyapadeɛ ama ne mma no, ɔrentumi nsiane deɛ ɔnnɔ no kɛse no ba a ɔyɛ panin no ho mfa abakan kyɛfa no mma deɛ ɔdɔ no no ba no. 17 Deɛ ɔnnɔ no kɛse no ba no, ɔno na ɛsɛ sɛ ɔbu no sɛ abakan, na sɛ ɔkyɛ n’agyapadeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔma no kyɛfa* mmienu. Ɛfiri sɛ ɔno ne n’ahoɔden mfitiaseɛ. Abakan diberɛ yɛ ne dea.+
18 “Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔba tuatefoɔ a n’aso yɛ den, na sɛ ɔntie ne papa ne ne maame asɛm,+ na wɔtu no fo na ɔntie a,+ 19 ɛnneɛ ne papa ne ne maame mfa no mmra ne kurom mpanimfoɔ anim wɔ kuro no pono ano, 20 na wɔnka nkyerɛ ne kurom mpanimfoɔ sɛ, ‘Yɛn ba yi yɛ tuatefoɔ a n’aso yɛ den na ɔntie yɛn asɛm. Ɔyɛ didifoɔ*+ ne ɔsabofoɔ.’+ 21 Afei ne kurom mmarima nyinaa nsi no aboɔ mma no nwu. Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri mo mu na Israelfoɔ nyinaa nte na wɔnsuro.+
22 “Sɛ ɔbarima bi yɛ bɔne na ɔfata wuo, na moku+ no de no sɛn dua so a,+ 23 mommma ne funu nnsɛn dua no so mmma adeɛ nnkye so.+ Monhwɛ nsie no da no ara ɛfiri sɛ obiara a wɔasɛn no dua so no, Onyankopɔn nnome wɔ ne so;+ mommma ɛfĩ nnka asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo sɛ agyapadeɛ no.+
22 “Sɛ wohunu wo nua nantwie anaa ne dwan sɛ wayera a, nyi w’ani nto nkyɛn.+ Fa no kɔma wo nua no. 2 Nanso sɛ wo nua no mmɛn wo anaa wonnim no a, ɛnneɛ fa aboa no bra wo nkyɛn wɔ wo fie kɔpem sɛ wo nua no bɛba abɛhwehwɛ no, na wode no ama no.+ 3 Sɛ wo nua afunumu, n’ataadeɛ, anaa ne biribiara yera na wohunu a, yɛ saa ara; ɛnsɛ sɛ woyi w’ani.
4 “Sɛ wohunu sɛ wo nua afunumu anaa ne nantwie da kwan mu a, nyi w’ani nto nkyɛn. Boa no ma no mma aboa no so.+
5 “Ɛnsɛ sɛ ɔbaa hyɛ barima ataadeɛ, na ɛnsɛ sɛ barima nso hyɛ ɔbaa ataadeɛ. Yehowa wo Nyankopɔn kyiri obi a ɔyɛ weinom.
6 “Sɛ wokɔto sɛ anomaa pirebuo sɛn dua so anaa ɛda fam, na anomaa mma anaa nkosua wom, na maame no butu ne mma anaa ne nkosua so a, hwɛ na woamfa maame no anka ne mma no ho ankɔ.+ 7 Ma maame no nkɔ na fa ne mma no. Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo yie na woanyini akyɛ.
8 “Sɛ wosi efie foforɔ a, gye ban wɔ dan no atifi+ na obi amfiri hɔ anhwe ase, na wo fie no anni mogya ho fɔ.
9 “Ɛnsɛ sɛ wodua aba mmienu a ɛsono emu biara wɔ wo bobefuo* mu,+ anyɛ saa a wɔbɛgye nnɔbaeɛ no ne bobefuo no mu aba nyinaa akɔ tenabea kronkron hɔ.
10 “Mfa nantwie ne afunumu mmom mfɛntɛm asaase.+
11 “Nhyɛ ataadeɛ a wɔde odwan nwi ne nwera abom anwene.+
12 “Ntoma biara a wobɛfira no, yɛ pɔ tuatua ano nnan no.+
13 “Sɛ ɔbarima ware na ɔne ɔbaa no da, na ɔmpɛ no bio* a, 14 ebia ɔbɛbɔ ɔbaa no soboɔ sɛ wabu bra bɔne na wagu n’anim ase sɛ, ‘Ɔbaa yi, mewaree no, nanso me ne no daeɛ no, manhunu hwee a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbaabunu.’ 15 Ɛba saa a, ababaawa no papa ne ne maame mfa deɛ ɛkyerɛ sɛ ababaawa no yɛ ɔbaabunu mmɛkyerɛ kuro no mu mpanimfoɔ wɔ kuro no pono ano. 16 Afei ababaawa no papa nka nkyerɛ mpanimfoɔ no sɛ, ‘Mede me babaa maa ɔbarima yi awareɛ, nanso ɔmpɛ no.* 17 Wabɔ no soboɔ sɛ wabu bra bɔne na waka sɛ: “Manhunu hwee a ɛkyerɛ sɛ wo babaa no yɛ ɔbaabunu.” Nanso deɛ ɛkyerɛ sɛ na me babaa no yɛ ɔbaabunu nie.’ Afei wɔntrɛ ntoma no mu wɔ kurom hɔ mpanimfoɔ anim, 18 na kurom hɔ mpanimfoɔ+ no ntwe barima no aso.+ 19 Wɔbɛgye barima no nnwetɛbena* 100 de ama ababaawa no papa, ɛfiri sɛ wagu Israelni baabunu anim ase.+ Ɔbɛkɔ so ne no atena sɛ ne yere; ne nkwa nna nyinaa, ɔrentumi nnyaa no.
20 “Na sɛ ɛba sɛ asɛm no yɛ nokorɛ na wɔanhunu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ababaawa no yɛ ɔbaabunu a, 21 ɛnneɛ wɔmfa ababaawa no mmɛgyina ne papa fie anim na ne kurom mmarima nsi no aboɔ nku no, ɛfiri sɛ wabɔ adwaman* wɔ ne papa fie+ ayɛ aniwudeɛ+ wɔ Israel. Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri mo mu.+
22 “Sɛ ɔbarima bi ne obi yere da na wɔkye wɔn a, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbaa no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔku wɔn.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri Israel.
23 “Sɛ ɔbarima bi de n’ano to ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu so na ɔbarima foforɔ hu no wɔ kurom na ɔne no da a, 24 momfa wɔn mmienu mmra kuro no pono ano na monsi wɔn aboɔ nku wɔn. Deɛ enti a ɛsɛ sɛ wɔn mmienu no wu ne sɛ, na ababaawa no wɔ kurom nanso wanteateam, na ɔbarima no nso agu ne yɔnko yere anim ase.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri mo mu.
25 “Nanso ababaawa a obi de n’ano ato ne so no, sɛ ɔbarima no hyiaa no wɔ wuram ɛnna ɔyeree no ne no daeɛ a, ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no nko ara na ɔbɛwuo. 26 Ababaawa no deɛ, nyɛ no hwee. Ɔnyɛɛ bɔne biara a enti ɛsɛ sɛ ɔwu. Asɛm yi te sɛ deɛ ɔbarima bi ato ahyɛ ne yɔnko so aku no* pɛpɛɛpɛ.+ 27 Wuram na ɔhuu no. Ababaawa a obi de n’ano ato ne so no teateaam, nanso na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no.
28 “Sɛ ɔbarima bi hunu ababaawa bi a ɔyɛ ɔbaabunu a obiara mfaa n’ano ntoo ne so, na ɔkye no ne no da na wɔhu wɔn a,+ 29 ɔbarima a ɔne no daeɛ no ntua sika nnwetɛbena 50 mma ɔbaa no papa na ɔnware no,+ ɛfiri sɛ wagu n’anim ase. Ne nkwa nna nyinaa ɔrentumi nnyaa no.
30 “Ɛnsɛ sɛ obiara fa ne papa yere, na wangu ne papa anim ase.*+
23 “Ɔbarima biara a wɔasa no, kyerɛ sɛ wɔapɛkyɛ ne hwewa mu aba anaa deɛ ne barima so atwa rentumi mma Yehowa asafo mu.+
2 “Ɛnsɛ sɛ adwaman ba biara ba Yehowa asafo mu.+ N’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du a wɔbɛdi n’akyi aba mpo rentumi mma Yehowa asafo mu.
3 “Ɛnsɛ sɛ Ammonni anaa Moabni biara ba Yehowa asafo mu.+ Wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du a wɔbɛdi wɔn akyi aba mpo rentumi mma Yehowa asafo mu da, 4 ɛfiri sɛ berɛ a mofiri Egypt reba no,+ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia mo wɔ kwan so. Afei wɔbɔɔ paa sɛ Beor ba Baalam a ɔfiri Petor a ɛwɔ Mesopotamia no nnome mo.*+ 5 Nanso Yehowa wo Nyankopɔn antie Baalam,+ na mmom Yehowa wo Nyankopɔn sesaa nnome no yɛɛ no nhyira maa wo,+ ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn dɔ wo.+ 6 Wo nkwa nna nyinaa, nyɛ biribi a ɛbɛma no asi wɔn yie anaa wɔanya nkɔsoɔ.+
7 “Ntan Edomni, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo nua.+
“Ntan Egyptni nso, ɛfiri sɛ na woyɛ hɔhoɔ wɔ ne kurom.+ 8 Awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa a wɔbɛwo wɔn no bɛtumi aba Yehowa asafo mu.
9 “Sɛ wokɔsoɛ baabi sɛ wo ne w’atamfo rekɔko a, twe wo ho firi adebɔne biara* ho.+ 10 Sɛ barima bi ho ba+ anadwo ma ɛno nti ne ho gu fi a, ɔnkɔ asoɛeɛ no akyi. Ɛnsɛ sɛ ɔsan ba asoɛeɛ hɔ. 11 Sɛ ɛduru anwummerɛ a, ɔmfa nsuo nnware, na afei berɛ a awia akɔtɔ no, ɔnsan mmra asoɛeɛ hɔ.+ 12 Yɛ baabi* wɔ asoɛeɛ no akyi a wobɛkɔ akɔyɛ wo ho yie wɔ hɔ. 13 Sɛ wokɔ mfikyire hɔ sɛ worekɔkoto agya w’anan a, nya sɔsɔ wɔ wo nneɛma mu na wode atu amena, na wowie a wode akata wo tiafi so. 14 Ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nam w’asoɛeɛ hɔ+ sɛ ɔbɛgye wo na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa. Enti ma w’asoɛeɛ hɔ nyɛ kronkron+ na wammɛhu atantanneɛ biara wɔ wo mfimfini na wantwe ne ho amfiri wo ho.
15 “Sɛ akoa dwane firi ne wura nkyɛn ba wo hɔ a, nsan mfa no nkɔma ne wura. 16 Ma no ntena wo nkyɛn wɔ baabiara a ɔpɛ wɔ wo nkuro no bi mu. Hwɛ na woanteetee no.+
17 “Ɛnsɛ sɛ Israelni baa biara yɛ tuutuuni+ wɔ asɔrefie, na saa ara na ɛnsɛ sɛ Israelni barima biara yɛ tuutuuni wɔ asɔrefie.+ 18 Mfa tuutuuni baa akatua anaa tuutuuni barima* akatua mma sɛ wode rebɛtua wo bɔhyɛ adeɛ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn fie, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn kyiri wɔn nyinaa.
19 “Mma wo nua nntua nsiho+ wɔ biribiara ho; sika ho nsiho oo, aduane ho nsiho oo, biribi foforɔ biara ho nsiho oo, mma wo nua nntua. 20 Wobɛtumi agye hɔhoɔ nsiho,+ nanso wo nua deɛ, nnye no nsiho+ na ama Yehowa wo Nyankopɔn ahyira biribiara a wobɛyɛ wɔ asaase a worekɔtena so no so.+
21 “Sɛ wohyɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɔ a,+ ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛdi so,+ anyɛ saa a Yehowa wo Nyankopɔn bɛbisa wo ɛkwan biara so, na ɛbɛdane bɔne ama wo.+ 22 Sɛ wonhyɛɛ bɔ deɛ a, wonyɛɛ bɔne.+ 23 Asɛm biara a ɛbɛfiri w’anom aba no, hwɛ di so,+ na biribiara a wobɛhyɛ bɔ sɛ wode bɛbɔ ayamyɛ afɔreɛ ama Yehowa wo Nyankopɔn no, yɛ deɛ wode w’ano aka no pɛpɛɛpɛ.+
24 “Sɛ wokɔ wo yɔnko bobefuo* mu a, di aba dodoɔ a ɛbɛmee wo,* nanso mfa bi ngu w’adeɛ mu nkɔ.+
25 “Sɛ wokɔ wo yɔnko afuo mu a, fa wo nsa pempan hwiit* a anyini no bi, nanso hwɛ na woantwe kantankrankyi* anto wo yɔnko afuo so.+
24 “Sɛ ɔbarima ware ɔbaa na ɔhunu sɛ ɔbaa no ayɛ aniwudeɛ bi ma enti ɔmpɛ no bio a, ɛnneɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa+ nhyɛ ɔbaa no nsam na ɔmma no mfiri ne fie nkɔ.+ 2 Sɛ ɔfiri fie hɔ a, ɔbɛtumi akɔware barima foforɔ.+ 3 Na sɛ barima a ɔtɔ so mmienu no nso mpɛ no bio na ɔtwerɛ awaregyaeɛ krataa de hyɛ ne nsam pamo no firi ne fie anaasɛ ɔbarima a ɔtɔ so mmienu no wu a, 4 ne kunu a ɔdi kan a ɔpamoo no no rentumi nware no bio ɛfiri sɛ ɔbaa no ho nte mma no. Nneyɛɛ a ɛtete saa nyinaa yɛ Yehowa akyiwadeɛ. Hwɛ na woamfa bɔne amma asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.
5 “Sɛ ɔbarima ware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔma no kɔ ɛko, na ɛnsɛ sɛ wɔma no dwumadie foforɔ biara nso. Ɔntena fie afe baako na ɔmma ne yere ani nnye.+
6 “Ɛnsɛ sɛ obiara gye ɛboɔ a wɔyam so adeɛ anaa ɛboɔ a wɔde yam adeɛ firi ne yɔnko hɔ de si awowa.+ Sɛ ɔyɛ saa a, ɛyɛ n’ano aduane* na wagye de asi awowa.
7 “Sɛ wɔhu obi sɛ wakye* ne nua Israelni bi asie, na watan n’ani atɔn no a,+ deɛ ɔkyee ne yɔnko sieeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri mo mu.+
8 “Sɛ kwata* te si ɔman no mu a, hwɛ yie paa, na yɛ deɛ Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no bɛkyerɛ wo nyinaa.+ Hwɛ di deɛ maka akyerɛ wɔn no so pɛpɛɛpɛ. 9 Kae deɛ Yehowa wo Nyankopɔn de yɛɛ Miriam wɔ kwan so, berɛ a mofiri Egypt reba no.+
10 “Bosea biara a wobɛbɔ wo yɔnko no,+ nkɔ ne fie nkɔgye deɛ ɔde resi awowa no. 11 Gyina abɔnten ma deɛ ɔgyee bosea no nkɔfa deɛ ɔde resi awowa no mmrɛ wo wɔ abɔnten hɔ. 12 Na sɛ onii no wɔ ahokyerɛ mu a, deɛ ɔde asi awowa a ɛwɔ wo nkyɛn no, hwɛ na woamma adeɛ ankye so.+ 13 Awia kɔtɔ ara pɛ a, san fa deɛ ɔde sii awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntoma no nkɔda+ na ɔnhyira wo. Na Yehowa wo Nyankopɔn nso bɛbu wo sɛ woyɛ ɔteneneeni.
14 “Nsisi ɔpaani hianiwa a ne ho akyere no; wo nua oo, ɔhɔhoɔ a ɔte w’asaase so wɔ wo kuro* mu oo, nsisi no.+ 15 Tua no ka saa da no ara+ ansa na awia akɔtɔ, ɛfiri sɛ ne ho akyere no, na n’akatua no ara ne n’anidasoɔ.* Anyɛ saa na ɔsu frɛ Yehowa a, ɛbɛdane bɔne ama wo.+
16 “Ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ mma bɔne ho ku wɔn agyanom, na ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ agyanom bɔne ho ku wɔn mma.+ Obiara bɔne ho na wɔnku no.+
17 “Sɛ ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu anaa agyanka de n’asɛm ba w’anim a, nkyea atemmuo,+ na nnye okunafoɔ ntoma mfa nsi awowa.+ 18 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt na Yehowa wo Nyankopɔn gyee wo firii hɔ.+ Ɛno nti na mede mmara yi rema wo sɛ di so no.
19 “Sɛ wotwa w’afuo mu nnɔbaeɛ na wo werɛ fi nnɔbaeɛ a wɔakyekyere no bi a, nsan nkɔfa. Gya ma ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafoɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira deɛ woyɛ nyinaa so.+
20 “Sɛ woporo wo ngodua a, nsan nkɔfa so bio. Gya deɛ aka dua no so no ma ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafoɔ.+
21 “Sɛ wote wo bobefuo* mu aba a, nsan w’akyi nkɔtete deɛ aka wɔ so no. Gya ma ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafoɔ. 22 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt asaase so. Ɛno nti na mede mmara yi rema wo sɛ di so no.
25 “Sɛ nnipa mmienu nya asɛm a, wɔmfa mmra atemmufoɔ no anim,+ na wɔmmu atɛn; wɔmmu deɛ n’asɛm yɛ dɛ no bem na wɔmmu deɛ n’asɛm nyɛ dɛ no fɔ.+ 2 Sɛ ɛfata sɛ wɔhwe deɛ ɔdi fɔ no a,+ ɔtemmufoɔ no mma no nna hɔ, na wɔmmɔ no mmaa dodoɔ a ɛne ne bɔne no sɛ wɔ ɔtemmufoɔ no anim. 3 Ɔbɛtumi abɔ mmaa no akɔduru 40;+ ɛnsɛ sɛ ɛboro so. Anyɛ saa na ɔhwe no boro saa a, wo nua no anim bɛgu ase wɔ w’anim.
4 “Sɛ nantwie reporo hwiit a, ɛnsɛ sɛ wokyekyere n’ano.+
5 “Sɛ anuanom bi wɔ hɔ na baako wu na sɛ ɔnni ba a, ɛnsɛ sɛ deɛ wawuo no yere kɔware abɔntensoni. Mmom ne kunu nua no nyɛ n’asɛdeɛ na ɔnware no.+ 6 Abɔfra a ɔbaa no bɛdi kan awo no no, wɔmfa ne nua a wawuo no din nto no,+ na ne nua no din anyera amfiri Israel.+
7 “Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua a wawuo no yere a, ɛnneɛ okunafoɔ no nkɔ mpanimfoɔ no nkyɛn wɔ kuro no pono ano na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Me kunu nua no mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel. Ɔmpɛ sɛ ɔyɛ n’asɛdeɛ na ɔware me.’ 8 Afei ne kurom mpanimfoɔ no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no. Na sɛ ne nyinaa akyi ɔka sɛ, ‘Mempɛ sɛ meware ɔbaa no’ a, 9 ɛnneɛ ɔbaa no nyi ne kunu nua no nan ase mpaboa+ wɔ mpanimfoɔ no anim, na ɔnte ntasuo ngu n’anim nka nkyerɛ no sɛ, ‘Saa na ɛsɛ sɛ wɔyɛ obi a ɔmpɛ sɛ ɔkyekyere ne nua fie.’ 10 Ɛfiri saa berɛ no rekɔ, edin a wɔde bɛfrɛ ne fie* wɔ Israel nie: ‘Deɛ wɔyii ne mpaboa no fie.’
11 “Sɛ mmarima mmienu reko na baako yere ba sɛ ɔrebɛgye ne kunu afiri deɛ ɔreboro no no nsam, na ɔsɔ ne barima mu a, 12 twa ɔbaa no nsa firi so. Nhu no mmɔbɔ.
13 “Mfa nkariboɔ ahodoɔ mmienu, kɛseɛ baako ne ketewa baako nhyɛ wo kotokuo mu.+ 14 Mfa susudeɛ ahodoɔ mmienu,+ kɛseɛ baako ne ketewa baako* mma wo fie. 15 Fa nkariboɔ a ɛdi mu na ɛyɛ papa kari biribiara, na fa susudeɛ a ɛdi mu na ɛyɛ papa susu biribiara, na woanyini akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+ 16 Yehowa wo Nyankopɔn kyiri osisifoɔ biara a ɔyɛ saa nneɛma no.+
17 “Kae deɛ Amalekfoɔ de yɛɛ mo berɛ a mofiri Egypt reba no.+ 18 Kae sɛ berɛ a wonam kwan so a woabrɛ na woahodwo no, wɔbɛto hyɛɛ wɔn a ɔbrɛ nti wɔaka akyire no so; wɔansuro Onyankopɔn. 19 Sɛ woduru asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ+ no so, na Yehowa wo Nyankopɔn ma wohome firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia no nsam a, pepa Amalekfoɔ firi hɔ na wɔankae wɔn bio wɔ ɔsoro ase.+ Mma wo werɛ mmfi.
26 “Sɛ wonya kɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ no tena so a, 2 fa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so aba a ɛdi kan no biara bi gu kɛntɛn mu kɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no.+ 3 Kɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ hɔ saa berɛ no nkyɛn na ka kyerɛ no sɛ, ‘Mepɛ sɛ nnɛ meka kyerɛ Yehowa wo Nyankopɔn sɛ mabɛduru asaase a Yehowa kaa yɛn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so.’+
4 “Afei ma ɔsɔfoɔ no nnye kɛntɛn no mfiri wo nsam na ɔmfa nsi Yehowa wo Nyankopɔn afɔrebukyia no anim. 5 Ɛno akyi no, ka no Yehowa wo Nyankopɔn anim sɛ, ‘Ná me papa yɛ Aramni kwantuni*+ a ɔne ne fiefoɔ kakraa bi+ kɔtenaa Egypt+ sɛ ahɔhoɔ. Nanso wɔbɛyɛɛ ɔman kɛseɛ a wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso.+ 6 Afei Egyptfoɔ no firii aseɛ tan yɛn ani, na wɔhyɛɛ yɛn so maa yɛyɛɛ nkoadwuma a ɛyɛ den.+ 7 Enti yesu frɛɛ Yehowa yɛn agyanom Nyankopɔn, na Yehowa tee yɛn nne na ɔhuu ahokyerɛ ne amanehunu ne nhyɛsoɔ a yɛrefa mu.+ 8 Afei Yehowa nam nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu+ ne nneɛma a ɛyɛ hu ne nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ so yii yɛn firii Egypt.+ 9 Ɛnna ɔde yɛn aba ha sɛ yɛmfa asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so yi.+ 10 Enti mede asaase a Yehowa de ama me no so nnɔbaeɛ a ɛdi kan aba.’+
“Fa si Yehowa wo Nyankopɔn anim na koto Yehowa wo Nyankopɔn anim. 11 Afei wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no ani nnye sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ama wo ne wo fiefoɔ nneɛma pa yi nyinaa.+
12 “Afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ afe a wode wo nnɔbaeɛ nyinaa mu ntotosoɔ du du+ bɛba. Sɛ wode ba a, fa ma Lewini, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafoɔ, na wɔnni mmee wɔ wo kuro* mu.+ 13 Afei ka no Yehowa wo Nyankopɔn anim sɛ, ‘Mayi ade kronkron afiri me fie de ama Lewini ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ yɛn mu, agyanka, ne okunafoɔ+ sɛdeɛ ahyɛdeɛ a wode ama me no nyinaa teɛ. Memmuu w’ahyɛdeɛ so na memmane mfirii ho. 14 Berɛ a meredi awerɛhoɔ no manni bi, na berɛ a me ho nte no mamfa me nsa anka bi, na mamfa bi anyɛ biribi amma owufoɔ. Matie Yehowa me Nyankopɔn asɛm, na mayɛ deɛ woaka akyerɛ me nyinaa. 15 Afei firi wo tenabea kronkron a ɛwɔ soro hɔ hwɛ wo man Israel na hyira wɔne asaase+ a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no,+ sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam no.’+
16 “Yehowa wo Nyankopɔn reka akyerɛ wo nnɛ sɛ di ahyɛdeɛ ne atemmusɛm yi so. Enti fa w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa di so na yɛ.+ 17 Ɛnnɛ Yehowa aka akyerɛ wo sɛ, sɛ wonante n’akwan so na wodi n’ahyɛdeɛ,+ ne mmara nsɛm,+ ne n’atemmusɛm+ so na wotie n’asɛm a, ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn. 18 Na ɛnnɛ wo nso woahyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛyɛ ne man, n’agyapadeɛ titire,*+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wo bɔ no, na wobɛdi ne mmara nsɛm nyinaa so. 19 Afei nso, sɛ wokɔ so yɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn a,+ ɛnneɛ ɔbɛma wo so asene aman a ɔde wɔn aba wiase+ nyinaa sɛdeɛ wahyɛ bɔ no, na ɛde ayeyie bɛbrɛ wo, na ama woagye din, na ahyɛ wo animuonyam.”
27 Ɛnna Mose ne Israel mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi, monhwɛ nni emu biara so. 2 Ɛda a mobɛtwa Yordan akɔ asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo no so no, monhyehyɛ aboɔ akɛseɛ nsi hɔ na momfa dɔteɛ nsra ho.*+ 3 Afei sɛ motwa kɔ asuogya a, montwerɛ Mmara yi mu nsɛm nyinaa ngu so, na monkɔtena asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no so, sɛdeɛ Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ahyɛ mo bɔ no.+ 4 Sɛ motwa Yordan wie a, monhyehyɛ aboɔ yi wɔ Ebal Bepɔ+ so sɛdeɛ mereka akyerɛ mo nnɛ yi, na momfa dɔteɛ nsra ho.* 5 Bio nso, fa aboɔ si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Yehowa wo Nyankopɔn. Mfa dadeɛ biara nyɛ ho adwuma.+ 6 Fa aboɔ a wɔntwitwaa ho si afɔrebukyia ma Yehowa wo Nyankopɔn, na bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so ma Yehowa wo Nyankopɔn. 7 Bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ+ na di wɔ hɔ,+ na gye w’ani wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ 8 Na twerɛ Mmara yi mu nsɛm nyinaa yie gu aboɔ no so.”+
9 Afei Mose ne Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: “O Israelfoɔ, monyɛ komm na montie. Ɛnnɛ moabɛyɛ Yehowa mo Nyankopɔn man.+ 10 Montie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na monni ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ+ a mede rema mo nnɛ yi so.”
11 Saa da no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: 12 “Sɛ motwa Yordan wie a, mmusuakuo yi na wɔbɛgyina Bepɔ Gerisim so aka nhyira no:+ Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef, ne Benyamin. 13 Na weinom nso na wɔbɛgyina Ebal Bepɔ so+ aka nnome no: Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan, ne Naftali. 14 Afei Lewifoɔ no mma wɔn nne so nka mma Israelni biara nte sɛ:+
15 “‘Nnome nka obiara a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene+ anaa dadeɛ honi*+ de asie. Ɛyɛ Yehowa akyiwadeɛ+ a odwumfoɔ de ne nsa ayɛ.’ (Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, ‘Amen!’*)
16 “‘Nnome nka deɛ ɔbɛbu ne papa anaa ne maame animtia.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
17 “‘Nnome nka deɛ ɔpia ne yɔnko hyeɛ kɔ akyire.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
18 “‘Nnome nka deɛ ɔbɛma nifirani ayera kwan.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
19 “‘Nnome nka deɛ ɔbu ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, anaa okunafoɔ+ atɛnkyea.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
20 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne papa yere bɛda, ɛfiri sɛ wagu ne papa anim ase.’*+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
21 “‘Nnome nka deɛ ɔne aboa biara bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
22 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne nuabaa a ɔyɛ ne papa anaa ne maame ba bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
23 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne yere maame bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
24 “‘Nnome nka deɛ ɔkɔtɛ ne yɔnko na ɔku no.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
25 “‘Nnome nka deɛ ɔgye adanmudeɛ* kum obi* a ne ho nni asɛm.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
26 “‘Nnome nka deɛ ɔremfa Mmara yi mu nsɛm nyɛ adwuma.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
28 “Sɛ woyɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wodi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛma woayɛ kɛseɛ asene asaase so aman nyinaa.+ 2 Wokɔ so yɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm a, nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
3 “Nhyira bɛka wo wɔ kurom, na nhyira aka wo wɔ afuo mu.+
4 “Nhyira bɛka wo mma*+ ne w’asaase so nnɔbaeɛ ne w’ayɛmmoa mma, w’anantwie mma ne wo nnwan mma.+
5 “Nhyira bɛka wo kɛntɛn+ ne deɛ wofete mmɔre wom.+
6 “Nhyira bɛka wo wɔ biribiara a woyɛ mu.
7 “W’atamfo a wɔbɛsɔre aba wo so no, Yehowa bɛma woadi wɔn so nkonim.+ Wɔbɛfa kwan baako so aba wo so, nanso akwan nson na wɔbɛfa so adwane afiri w’anim.+ 8 Yehowa bɛhyira w’adekoradan ne biribiara a wobɛyɛ so,+ na ɔbɛhyira wo wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so. 9 Yehowa de wo bɛyɛ ne man kronkron+ sɛdeɛ ɔkaa wo ntam no,+ ɛfiri sɛ wodi Yehowa wo Nyankopɔn mmara nsɛm so, na wonante n’akwan so. 10 Asaase so aman nyinaa bɛhu sɛ Yehowa din da wo so,+ na wɔbɛsuro wo.+
11 “Yehowa bɛhyira wo ama wo mma adɔɔso, na wo nyɛmmoa ayɛ bebree, na w’afuo bɛma nnɔbaeɛ pii+ wɔ asaase a Yehowa kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo no so.+ 12 Yehowa bɛbue ɔsoro adekoradan a nneɛma pa ahyɛ mu ma ama wo, na watɔ nsuo agu w’asaase so wɔ ne berɛ mu,+ na ɔbɛhyira deɛ woyɛ nyinaa so. Wobɛma aman bebree bosea, na wo deɛ, woremmɔ obiara hɔ bosea.+ 13 Yehowa wo Nyankopɔn mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi, sɛ wokɔ so di so a, Yehowa de wo bɛdi kan+ na ɛnyɛ akyire; wobɛkɔ w’anim daa na woremma w’akyi. 14 Mmara a mede rema wo nnɛ yi, mmane mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum+ nkɔdi anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn.+
15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
16 “Nnome bɛka wo wɔ kurom, na nnome aka wo wɔ afuo mu.+
17 “Nnome bɛka wo kɛntɛn+ ne deɛ wofete mmɔre wom.+
18 “Nnome bɛka wo mma*+ ne w’asaase so nnɔbaeɛ ne w’anantwie mma ne wo nnwan mma.+
19 “Nnome bɛka wo wɔ biribiara a woyɛ mu.
20 “Ɛsiane sɛ woayɛ nneɛma bɔne na woapo me nti, Yehowa de nnome ne ahoyera ne asotwe bɛba biribiara a wobɛyɛ so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe wo ama w’ase atɔre prɛko pɛ.+ 21 Yehowa bɛma yareɛ abɛtena wo so akɔsi sɛ ɔbɛtɔre w’ase afiri asaase a worekɔ so no so.+ 22 Yehowa de nsamanwa, atiridii,+ ahoyera, ahohyehyeɛ, ne sekan+ bɛba wo so, na ɔbɛma ɛhyew aku wo nnɔbaeɛ na yareɛ ate asi w’afuo so;+ weinom nyinaa bɛba wo so akɔsi sɛ w’ase bɛhye. 23 Ewiem a ɛkata wo so yi bɛdane kɔbere na asaase a ɛwɔ w’ase yi adane dadeɛ.+ 24 Yehowa de nsõ ne mfuturo na ɛbɛyɛ nsuo ama wo wɔ w’asaase so. Ɛbɛtɔ afiri soro agu wo so akɔsi sɛ ɔbɛtɔre w’ase. 25 Yehowa bɛma woadi nkoguo wɔ w’atamfo anim.+ Wobɛfa kwan baako so akɔ wɔn so, nanso akwan nson na wobɛfa so adwane afiri wɔn anim, na ɛbɛma asaase so ahemman nyinaa ho adwiri wɔn.+ 26 Wo funu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asaase so mmoa nyinaa, na obiara nni hɔ a ɔbɛpamo wɔn.+
27 “Yehowa bɛma Egypt mpɔmpɔ abobɔ wo na wama kooko ne ntwom ne gyatɔ ayɛ wo, na worennya ano aduro. 28 Yehowa de adammɔ ne anifiraeɛ bɛba wo so,+ na ɔbɛma w’adwene atu afra.* 29 Awia ketee, wode wo tiri bɛpempem te sɛ nifirani a esum aduru no+ a ɔde ne tiri pempem, na deɛ wobɛyɛ biara rensi wo yie. Na daa nkurɔfoɔ bɛsisi wo na wɔawia wo ho nneɛma, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo.+ 30 Wode w’ano bɛto ɔbaa so sɛ wobɛware no, nanso ɔbarima foforɔ bɛto no mmonnaa. Wobɛsi dan, nanso worentena mu.+ Wobɛyɛ bobefuo,* nanso worente aba wɔ so.+ 31 Wɔbɛkum wo nantwie wɔ w’anim, nanso ebi renka w’ano. Wode w’ani bɛhunu sɛ obi rewia w’afunumu, nanso wo nsa renka bio. Wɔde wo nnwan bɛma w’atamfo, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛtwitwa agye wo. 32 Wode w’ani bɛhunu sɛ wɔde wo mma mmarima ne wo mma mmaa ama ɔman foforɔ,+ na daa w’ani bɛgyina wɔn, nanso worentumi nyɛ ho hwee. 33 Ɔman a wonnim wɔn na wɔbɛdi w’afuo mu nnɔbaeɛ ne wo nsa ano adwuma nyinaa,+ na wɔbɛsisi wo ahyɛ wo so daa. 34 Deɛ wode w’ani bɛhunu no bɛma wo ho ayera wo.
35 “Yehowa bɛma mpɔmpɔ bɔne abobɔ wo nkotodwe ne wo nan mmienu no ho nyinaa, na obiara rentumi nsa wo yareɛ. Ɛbɛbobɔ wo afiri wo nan ase akɔsi w’apampam. 36 Wo ne ɔhene a wode no bɛsi wo so no nyinaa, Yehowa de mo bɛkɔ ɔman a wo ne w’agyanom nnim wɔn so,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wɔde dua ne aboɔ ayɛ.+ 37 Aman a Yehowa bɛpamo wo akɔ so no nyinaa, wo nti wɔn ho bɛdwiri wɔn, na wɔde wo aka asɛm asere* adi wo ho fɛ.+
38 “Wobɛdua aba pii, nanso kakraa bi na wobɛtwa,+ ɛfiri sɛ ntutummɛ bɛwe. 39 Wobɛyɛ bobefuo adɔ ho, nanso worennya bobesa biara nnom na worentwa aba biara+ ɛfiri sɛ osã bɛwe. 40 Wobɛnya ngodua wɔ w’asaase so baabiara, nanso worennya ngo nsra, ɛfiri sɛ aba no bɛporo agu. 41 Wobɛwo mma mmarima ne mma mmaa nanso wɔrentena wo nkyɛn afebɔɔ, ɛfiri sɛ wɔbɛba abɛkye wɔn akɔ obi man so.+ 42 Mmɛbɛ* bɛgye wo nnua ne w’afuo mu nnɔbaeɛ nyinaa afa. 43 Ɔhɔhoɔ a wo ne no te no, daa ɔbɛkɔ soro, na wo deɛ, daa wobɛba fam. 44 Ɔbɛma wo bosea, na wo deɛ, worentumi mma no bosea.+ Ɔbɛdi kan na woadi akyire.+
45 “Nnome yi nyinaa+ bɛti wo abɛto wo akɔsi sɛ w’ase bɛhye,+ ɛfiri sɛ woantie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a ɔde ama wo no so.+ 46 Na weinom nyinaa bɛba wo ne wo mma so, na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ daa,+ 47 ɛfiri sɛ berɛ a wonyaa biribiara maa no buu so no, woamfa ahosɛpɛ ne akomam anigyeɛ ansom Yehowa wo Nyankopɔn.+ 48 Yehowa bɛsoma w’atamfo aba wo so, na berɛ a wonni ataade papa biara hyɛ na biribiara abɔ wo no, wode ɛkɔm+ ne sukɔm bɛsom wɔn.+ Ɔde dadeɛ kɔndua bɛhyɛ wo kɔn akɔsi sɛ ɔbɛtɔre w’ase koraa.
49 “Yehowa bɛma ɔman bi a wonte wɔn kasa+ afiri asaase ano akyirikyiri+ abɛto ahyɛ wo so sɛ ɔkɔdeɛ.+ 50 Ɛbɛyɛ ɔman a wɔn ani yɛ den a wɔnnim akɔkoraa anaa abɔfra.+ 51 Wɔbɛwe w’ayɛmmoa mma na wɔadi w’asaase so nnɔbaeɛ nyinaa akɔsi sɛ wɔbɛtɔre w’ase koraa. Wɔrennya wo hwiit,* bobesa foforɔ, ngo, w’anantwie mma anaa wo nnwan mma kɔsi sɛ wɔbɛsɛe wo.+ 52 Nkuro a ɛwɔ w’asaase so nyinaa mu no, wɔbɛka wo ahyɛ mu akɔsi sɛ w’abantenten a wode wo ho ato so no bɛdwiri agu. Sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛka wo ahyɛ wo nkuro no mu wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so baabiara.+ 53 Ɛba saa a, ɛsiane sɛ worennya wo ho atwaeɛ na wo tamfo no bɛma wo ho akyere wo nti, wo ankasa wo mma* mmarima ne wo mma mmaa a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn ama wo no, wɔn na wɔbɛwe wɔn.+
54 “Ɔbarima a ne ho dwo na ɔdwene nnipa ho mpo renhu ne nua ne ne yere a ɔdɔ no ne ne mma a wɔaka mmɔbɔ, 55 na ɛsiane ahokyerɛ ne nhyɛsoɔ a wo tamfo de bɛba wo nkuro no so nti, n’ano aduane bɛbɔ no+ ama no awe ne ba nam, na ɔremma obiara bi. 56 Na ɔbaa a ne ho dwo a tirimdɛ nti ɔmpɛ sɛ ne nan bɛka fam no mpo+ renhu ne kunu a ɔdɔ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa mmɔbɔ; 57 awoɔ akyi adeɛ a afiri ne nan ntam aba ne ne mma a wawo wɔn no mpo, wɔrenyɛ no mmɔbɔ. Ɔbɛhyɛ kokoam awe ɛfiri sɛ wo tamfo bɛka wo ahyɛ wo kurom ama wo ho akyere wo.
58 “Sɛ woanni Mmara a wɔatwerɛ no nwoma yi mu+ nyinaa so na woansuro Yehowa+ wo Nyankopɔn din kɛseɛ a ɛyɛ hu+ yi a, 59 Yehowa nso bɛma wo ne wo mma haw ne mo abɛbrɛsɛ mu ayɛ den na atena mo so akyɛ.+ Na ɔde yare bɔne a woko a ɛnkɔ bɛbɔ mo. 60 Ɔde Egypt yareɛ a na wosuro no nyinaa bi bɛbɔ wo, na ɛbɛtena wo so afebɔɔ. 61 Afei nso, yareɛ ne amanehunu a wɔntwerɛɛ no Mmara nwoma yi mu mpo, Yehowa de bɛba wo so akɔsi sɛ w’ase bɛhye. 62 Moadɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma,+ nanso afei deɛ, mobɛka kakraa bi,+ ɛfiri sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm.
63 “Na sɛdeɛ berɛ bi Yehowa ani gyee sɛ ɔbɛma no asi mo yie na wama moadɔɔso no, saa ara na Yehowa ani bɛgye sɛ ɔbɛsɛe mo atɔre mo ase. Na ɔbɛtɔre mo ase afiri asaase a morekɔ so no so.
64 “Yehowa bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa so afiri asaase ano akɔsi asaase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom nyinaa nnim wɔn,+ anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ. 65 Worennya asomdwoeɛ wɔ aman yi mu,+ na worennya baabi mfa wo nan nsi nhome. Mmom Yehowa bɛma w’akoma atu,+ na w’ani asɛe na woaboto.*+ 66 Wɔde wo nkwa bɛgoro atoprɛ, na anadwo oo, awia oo, ehu bɛka wo, na worentumi nhunu sɛ adeɛ bɛkye wo anaa ɛrenkye wo. 67 Adeɛ kye anɔpa a, wobɛka sɛ, ‘Menyaeɛ a, anka ɛyɛ anwummerɛ!’ na ɛduru anwummerɛ nso a, wobɛka sɛ, ‘Menyaeɛ a, anka ɛyɛ anɔpa!’ ɛfiri sɛ w’akoma bɛtu, na deɛ w’ani bɛhunu nso bɛma woabɔ hu. 68 Na ɛkwan a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Worenhu bio’ no, Yehowa de hyɛn bɛfa wo de wo afa so akɔ Egypt, na mobɛyɛ sɛ moretɔn mo ho ama mo atamfo de mo ayɛ nkoa ne mfenaa, nanso obiara rentɔ mo.”
29 Apam a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ nyɛ wɔ Moab asaase so no, emu nsɛm nie. Ɛsono apam a ɔne wɔn yɛɛ no Horeb no.+
2 Mose frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa de yɛɛ Farao ne ne nkoa ne n’asaase wɔ Egypt no, mode mo ani hunuu ne nyinaa.+ 3 Mohunuu atemmuo* akɛseɛ no, nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ no nyinaa.+ 4 Nanso akoma a mode bɛte aseɛ ne ani a mode bɛhunu ne aso a mode bɛte deɛ, Yehowa mfa mmaa mo de bɛsi nnɛ.+ 5 ‘Berɛ a mede mo faa serɛ so mfeɛ 40 no,+ mo ho ntaadeɛ antete, na mo nan ase mpaboa anhi.+ 6 Moanni paanoo na moannom bobesa anaa nsã foforɔ biara a ɛborɔ, na ɛmaa mohuu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’ 7 Berɛ a mobɛduruu ha no, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ bɛhyiaa yɛn ne yɛn koeɛ, nanso yɛdii wɔn so nkonim.+ 8 Ɛnna yɛgyee wɔn asaase, na yɛde maa Rubenfoɔ, Gadfoɔ, ne Manase abusuakuo fã+ no sɛ wɔn agyapadeɛ. 9 Enti monhwɛ sɛ mobɛdi apam yi mu nsɛm so na ama biribiara a mobɛyɛ asi mo yie.+
10 “Ɛnnɛ mo nyinaa mogyina Yehowa mo Nyankopɔn anim; mo ne wɔn a wɔdeda mo mmusuakuo ano, mo mpanimfoɔ, mo atitire, Israel mmarima nyinaa, 11 mo mma, mo yerenom,+ ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu+ nyinaa, wɔn a wɔkɔ anyina ma mo ne wɔn a wɔkɔ nsuo ma mo nyinaa. 12 Moahyia ha nnɛ sɛ morebɛka ntam wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim na mo ne Yehowa mo Nyankopɔn de ayɛ apam,+ 13 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde mo bɛyɛ ne man+ na ɔno nso ayɛ mo Nyankopɔn,+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ na ɔkaa mo agyanom Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ ntam no.
14 “Nanso ɛnyɛ mo nko ara na me ne mo reyɛ apam ama moaka ɛho ntam yi; 15 mmom wɔn a wɔgyina Yehowa yɛn Nyankopɔn anim nnɛ ne wɔn a wɔnni yɛn nkyɛn nnɛ nyinaa nso ka ho. 16 (Mo ara monim sɛ yɛtenaa Egypt asaase so na yɛtwaam faa aman foforɔ so wɔ yɛn akwantuo yi mu.+ 17 Mohunuu akyiwadeɛ a wɔyɛ ne wɔn abosom fĩ*+ a wɔde nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ a ɛwɔ wɔn mu no.) 18 Monhwɛ yie na nnɛ mo mu ɔbarima anaa ɔbaa anaa abusua anaa abusuakuo bi akoma ammane amfiri Yehowa yɛn Nyankopɔn ho ankɔsom amanaman no anyame,+ na nhini bi amfefɛ ammɛyɛ awɔnwono na anso aba a ɛdi awuo.+
19 “Nanso sɛ obi te ntam yi mu nsɛm na ɔhoahoa ne ho wɔ n’akomam sɛ, ‘Meyɛ deɛ m’akoma pɛ mpo a, mɛnya asomdwoeɛ,’ na sɛ ɔde sɛe biribiara a atwa ne ho ahyia* a, 20 ɛnneɛ Yehowa nso remfa ne ho nkyɛ no.+ Mmom Yehowa bo bɛfu saa onipa no dendeenden, na nnome a ɛwɔ nwoma yi mu nyinaa bɛba ne so,+ na Yehowa bɛpepa ne din afiri ɔsoro ase. 21 Yehowa bɛyi no afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu de ɔhaw aba ne so, sɛdeɛ apam no mu nnome a wɔatwerɛ no Mmara nwoma yi mu no nyinaa teɛ.
22 “Mo mma awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛba daakye ne ahɔhoɔ a wɔfiri akyirikyiri asaase so nyinaa bɛhunu ɔhaw ne nyarewa a Yehowa de aba asaase no so no. 23 Wɔbɛhunu sɛ sɔfe* ne nkyene ne ɛhyew asɛe asaase no nyinaa na obiara ntumi nnua adeɛ wɔ so, na aba anaa afifideɛ biara ntumi mfifi wɔ so, na ayɛ sɛ Sodom ne Gomora,+ Adma ne Seboiim+ a Yehowa de abufuo sɛee no no. 24 Ɛba saa a, wɔne aman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa ayɛ asaase yi saa?+ Ɛdeɛn na ɛhyɛɛ no abufuo kɛseɛ saa?’ 25 Na wɔbɛka sɛ, ‘Ɛfiri sɛ wɔapo apam a Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn ne wɔn yɛeɛ+ berɛ a ɔyii wɔn firii Egypt asaase so no.+ 26 Na wɔakɔsom anyame foforɔ na wɔakoto wɔn, anyame a wɔnnim wɔn, anyame a ɔmmaa wɔn kwan sɛ wɔnsom wɔn.*+ 27 Ɛno na ɛmaa Yehowa bo fuu asaase no dendeenden na ɔde nnome a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa baa so no.+ 28 Enti Yehowa ani beree wɔn so, na ɔde abufuo tuu wɔn firii wɔn asaase so+ na ɔde wɔn kɔɔ asaase foforɔ so, na nnɛ ɛhɔ na wɔwɔ.’+
29 “Nsɛm a ahinta yɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn dea,+ na deɛ wɔayi no adi no yɛ yɛne yɛn mma dea afebɔɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛdi Mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+
30 “Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu wɔ wo so, kyerɛ sɛ nhyira ne nnome a mede asi w’anim yi,+ na wokae*+ no aman a Yehowa wo Nyankopɔn apamo wo kɔ so no nyinaa mu,+ 2 na sɛ wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa tie n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi a,+ 3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfoɔ a wɔakɔdi aman foforɔ so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ so no nyinaa mu.+ 4 Sɛ wo nkurɔfoɔ no ahwete akɔduru ɔsoro akyirikyiri tɔnn mpo a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛboaboa mo ano afiri hɔ aba.+ 5 Yehowa wo Nyankopɔn de wo bɛba asaase a w’agyanom faeɛ no so, na ɛbɛyɛ wo dea; ɔbɛma no asi wo yie na woadɔɔso asene w’agyanom.+ 6 Wo ne w’asefoɔ nyinaa, Yehowa wo Nyankopɔn bɛte mo akoma mu,*+ na mode mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa adɔ Yehowa mo Nyankopɔn na moanya nkwa.+ 7 Ɛba saa a, Yehowa wo Nyankopɔn de nnome yi nyinaa bɛba w’atamfo a wɔtan mo ani na wɔteetee mo no so.+
8 “Afei wobɛsan atie Yehowa asɛm na woadi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so. 9 Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwie nhyira pii agu wo nsa ano adwuma so,+ na wo mma bɛdɔɔso, na wo nyɛmmoa ase bɛtrɛ na w’afuo mu nnɔbaeɛ abu so, na Yehowa bɛpɛ w’asɛm bio na wama no asi wo yie sɛdeɛ na ɔpɛ w’agyanom asɛm no.+ 10 Saa berɛ no, wobɛtie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na woadi ne mmara ne n’ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ wɔ Mmara nwoma yi mu no so, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa bɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn.+
11 “Mmara a mede rema wo nnɛ yi nyɛ den dodo mma wo, na ɛnni akyiri dodo mma wo.+ 12 Ɛnni soro na woaka sɛ, ‘Hwan na ɔbɛforo akɔ soro akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate na yɛadi so?’+ 13 Ɛnni po agya nso na woaka sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtwa akɔ po agya akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate na yɛadi so?’ 14 Mmom asɛm no bɛn wo pɛɛ; ɛwɔ wo ara w’anom ne wo ara w’akomam,+ enti ɛno ara ne sɛ wobɛdi so.+
15 “Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa, owuo ne bɔne asi w’anim.+ 16 Sɛ wotie Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi, na wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn,+ na wonante n’akwan so di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmusɛm nyinaa so a, ɛnneɛ wobɛnya nkwa+ na w’ase atrɛ, na Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira wo wɔ asaase a worekɔfa no so.+
17 “Nanso sɛ wo akoma dane+ na woantie, na sɛ w’ani kɔgye anyame foforɔ ho na wokoto wɔn som wɔn a,+ 18 ɛnneɛ ɛnnɛ mereka akyerɛ mo sɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛsɛe mo,+ na morenkyɛ wɔ asaase a moretwa Yordan akɔfa no so. 19 Ɛnnɛ mede nkwa ne owuo, ne nhyira ne nnome asi w’anim,+ na ɔsoro ne asaase ne m’adansefoɔ; fa nkwa na wo ne w’asefoɔ+ anya nkwa.+ 20 Enti dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na bata ne ho,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔma wo nkwa. Na asaase a Yehowa kaa ntam sɛ ɔde bɛma w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob+ no nso, ɔno na ɔbɛma woatena so akyɛ.”
31 Ɛnna Mose de asɛm yi kɔtoo Israelfoɔ nyinaa anim. 2 Ɔkaa sɛ: “Ɛnnɛ madi mfeɛ 120.+ Merentumi nni mo anim* bio, ɛfiri sɛ Yehowa aka akyerɛ me sɛ, ‘Worentwa Yordan yi.’+ 3 Yehowa mo Nyankopɔn na ɔbɛdi mo anim ne mo atwa akɔ, na ɔno na ɔbɛtɔre aman yi nyinaa ase afiri mo anim na moatu wɔn.+ Yosua na ɔbɛdi mo anim atwa,+ sɛdeɛ Yehowa aka no. 4 Yehowa bɛsɛe wɔn sɛdeɛ ɔsɛee Amorifoɔ ahemfo Sihon+ ne Og+ ne wɔn nsaase no.+ 5 Yehowa bɛdi wɔn so nkonim ama mo, enti deɛ mmara a mede ama mo no aka sɛ momfa nyɛ wɔn no nyinaa, monyɛ wɔn saa pɛpɛɛpɛ.+ 6 Monnya akokoɔduro na mo ho nyɛ den.+ Monnsuro wɔn na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔne mo nam. Ɔrempo mo, na ɔrennya mo.”+
7 Afei Mose frɛɛ Yosua baa Israelfoɔ nyinaa anim ka kyerɛɛ no sɛ: “Nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den,+ ɛfiri sɛ wo na wode ɔman yi bɛkɔ asaase a Yehowa kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ.+ 8 Yehowa na ɔdi w’anim, na ɔbɛka wo ho berɛ nyinaa.+ Ɔrempo wo, na ɔrennya wo. Nsuro, na mmɔ hu.”+
9 Afei Mose twerɛɛ Mmara yi,+ na ɔde maa asɔfoɔ no, Lewifoɔ a wɔsoa Yehowa apam adaka no ne Israel mpanimfoɔ nyinaa. 10 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mfeɛ nson biara, berɛ a wɔde ɛka kyɛ no,+ sɛ ɛduru Apata* Afahyɛ no so a,+ 11 Israel nyinaa bɛba Yehowa mo Nyankopɔn anim+ wɔ baabi a ɔbɛkyerɛ, na moakan Mmara yi akyerɛ Israelfoɔ nyinaa.+ 12 Mommoaboa ɔman no nyinaa ano,+ mmarima, mmaa, mmɔfra, ne ahɔhoɔ a wɔwɔ mo nkuro* mu nyinaa, na wɔntie na wɔnsua Yehowa mo Nyankopɔn ho adeɛ na wɔnsuro no, na wɔnni Mmara yi mu nsɛm nyinaa so. 13 Ɛbɛma wɔn mma a wɔnnim Mmara yi atie+ na wɔasua sɛ wɔbɛsuro Yehowa mo Nyankopɔn, nna a mode bɛtena asaase a moretwa Yordan akɔfa no so nyinaa.”+
14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu.+ Enti frɛ Yosua na mommɛgyina m’anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu na menyɛ no ɔkannifoɔ.”+ Na Mose ne Yosua kɔgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no mu. 15 Afei Yehowa nam mununkum dum mu baa ntomadan no mu, na mununkum dum no bɛgyinaa ntomadan no ano.+
16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu,* na ɔman yi duru asaase a wɔrekɔ so no so a, wɔbɛfiri aseɛ ne anyame foforɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia abɔ adwaman.*+ Wɔbɛfiri m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛeɛ no so.+ 17 Saa berɛ no, me bo bɛfu wɔn dendeenden,+ na mɛpo wɔn+ na madane m’ani afiri wɔn so+ akɔsi sɛ wɔbɛsɛe wɔn. Na wɔbɛhyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ pii.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mfimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+ 18 Nanso saa da no, mɛyi m’ani afiri wɔn so koraa, ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne na wɔakɔdi anyame foforɔ akyi.+
19 “Afei montwerɛ dwom yi+ na monkyerɛ Israelfoɔ no.+ Momma wɔnsua dwom yi* na ɛnyɛ adanseɛ ntia Israelfoɔ mma me.+ 20 Sɛ mede wɔn ba asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so+ sɛdeɛ mekaa ntam kyerɛɛ wɔn agyanom no,+ na wɔdidi mee na ɛsi wɔn yie* a,+ wɔbɛkɔ akɔdi anyame foforɔ akyi akɔsom wɔn, na wɔabu me animtia abu m’apam so.+ 21 Sɛ ɔhaw ne ahokyerɛ pii ba wɔn so a,+ dwom yi bɛyɛ adanseɛ ama wɔn (ɛfiri sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn asefoɔ werɛ fi), na berɛ a mennya mfaa wɔn nkɔɔ asaase a maka ho ntam no so mpo yi, menim deɛ ɛwɔ wɔn akomam dada.”+
22 Enti saa da no Mose twerɛɛ dwom yi, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔbɛto no.
23 Afei Onyankopɔn yɛɛ Nun ba Yosua ɔkannifoɔ,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den,+ ɛfiri sɛ wo na wode Israelfoɔ bɛkɔ asaase a mekaa wɔn ntam sɛ mede bɛma wɔn no so,+ na mɛka wo ho berɛ nyinaa.”
24 Berɛ a Mose twerɛɛ Mmara yi mu nsɛm nyinaa wɔ nwoma mu wieeɛ no,+ 25 ɛhɔ ara na Mose ka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔsoa Yehowa apam adaka no sɛ: 26 “Momfa Mmara nwoma yi+ nhyɛ Yehowa mo Nyankopɔn apam adaka no nkyɛn,+ na ɛnni mo adanseɛ. 27 Na menim sɛ moyɛ atuatefoɔ+ na mo aso yɛ den.*+ Ɛnnɛ a mete aseɛ mpo na mote Yehowa so atua saa yi, ɛnneɛ mewu a, mennim deɛ mobɛyɛ! 28 Mommoaboa mo mmusuakuo mu mpanimfoɔ ne atitire no nyinaa ano mma me na memfa asɛm yi nto wɔn anim, na memma ɔsoro ne asaase nyɛ adansefoɔ.+ 29 Menim sɛ me wuo akyi no mobɛyɛ bɔne pii,+ na mobɛmane afiri ɛkwan a maka sɛ momfa so no so. Na ɔhaw bɛba mo so+ wɔ akyire yi nna no mu, ɛfiri sɛ mobɛyɛ Yehowa ani so bɔne, na mode mo nsa ano adwuma ahyɛ no abufuo.”
30 Afei Mose kaa dwom no mu nsɛm kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ:+
32 O ɔsoro, yɛ aso na menkasa;
Ma asaase nso ntie m’anom asɛm.
2 Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ te sɛ nsuo,
Na m’asɛm bɛsosɔ te sɛ bosuo;
Ɛbɛyɛ sɛ nsuo a ɛretɔ brɛoo gu serɛ so
Ne nsuo a ɛregugu afifideɛ so yɔɔ.
Yɛn Nyankopɔn no, monka n’animuonyam ho asɛm!+
Wɔnyɛ ne mma; mfomsoɔ no firi wɔn ankasa.+
Wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ a akontono na akyea!+
Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya a ɔde mo baa wiase?+
Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo ase timiiɛ?
7 Monkae tete no,
Monkae deɛ ɛtoo awoɔ ntoatoasoɔ a abɛsene kɔ no.
Bisa wo papa, na ɔbɛkyerɛ wo,+
Ne wo mpanimfoɔ, na wɔbɛka akyerɛ wo.
8 Berɛ a Ɔsorosoroni no de aman no agyapadeɛ maa wɔn,+
Ɔhwɛɛ Israel mma dodoɔ+
Twaa ɔman biara hyeɛ maa no.+
11 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ woso ne buo,
Ɔtu fa ne mma so,
Ɔtrɛ ne ntaban mu, na ɔfa wɔn
De wɔn gu ne ntaban so no,+
12 Saa ara na Yehowa nko ara dii n’anim;*+
Ná onyame foforɔ biara nka ne ho.+
Ɔde ɛwoɔ a ɛfiri ɔbotan mu maa no diiɛ,
Na ɔmaa no ngo a ɛfiri ɔbotan a ɛyɛ den mu.
14 Ɔmaa no nantwie bɔta ne nnwan nufosuo,
Ne nnwan a wɔdi mu paa,*
Ne Basan adwennini, ne mpɔnkyenini,
Bobe mu nsuo* na wonomeeɛ.
15 Berɛ a Yesurun* yɛɛ kɛse no, ɔyɛɛ asoɔden totoo ne nan.
Yesurun, woayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru, woabɔ ma.+
Enti ɔpoo Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no,+
Na ɔbuu ne nkwagyeɛ Botan no animtia.
17 Wɔbɔɔ afɔreɛ maa ahonhommɔne,* na ɛnyɛ Onyankopɔn;+
Anyame a wɔnnim wɔn,
Anyame a wɔbaeɛ nkyɛɛ koraa,
Anyame a na mo agyanom nnim wɔn.
23 Mɛma wɔn haw adɔɔso,
Na wɔn so na mɛma m’agyan nyinaa akɔ.
Mɛsoma nkekaboa akɔ wɔn so,+
Ne awɔ a wɔwɔ mfuturo mu a wɔn ano wɔ borɔ.
25 Sekan bɛkunkum wɔn adɔfoɔ wɔ abɔnten,+
Na wɔbɛbɔ hu wɔ dan mu;+
Mmeranteɛ ne mmabaawa,
Nkɔkoaa ne wɔn a wɔafu dwene nyinaa, ehu bɛka wɔn.+
26 Anka mɛka sɛ: “Mɛbɔ wɔn ahwete,
Na mɛma wɔn din ayera afiri nnipa mu,”
Na wɔaka sɛ: “Yɛakyerɛ yɛn tumi,+
Ɛnyɛ Yehowa na ɔyɛeɛ.”
29 Sɛ wɔnim nyansa a,+ anka wɔbɛdwene asɛm yi ho,+
Anka wɔbɛdwene deɛ ɛbɛto wɔn no ho.+
30 Ɔbaakofoɔ bɛyɛ dɛn apamo nnipa 1,000,
Na ɛbɛyɛ dɛn na nnipa mmienu atumi ama nnipa 10,000 adwane?+
Gye sɛ wɔn Botan no atɔn wɔn,+
Na Yehowa ayi wɔn ama.
Wɔn bobe aba yɛ awuduro;
Wɔn bobe yɛ nwono+.
33 Wɔn nsã yɛ ɔwɔ borɔ,
Ɔprammire borɔ a ɛdi awuo.
35 Me na metua bɔne so ka,* enti me na mɛtua ka+
Berɛ a wɔn nan awatiri no,+
Ɛfiri sɛ mmusuo a ɛreba wɔn so no abɛn,
Na deɛ ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’
36 Yehowa bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn+
Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ,*+
Ɛfiri sɛ ɔbɛhunu sɛ wɔn ahoɔden asa,
Na nnipahunu a wɔmfa wɔn nyɛ hwee nko ara na aka.
37 Afei ɔbɛka sɛ, ‘Wɔn anyame no wɔ he?+
Ɔbotan a wɔde no yɛɛ dwankɔbea no wɔ he?
38 Wɔn na wɔdii wɔn afɔrebɔ sradeɛ no,
Na wɔnom wɔn afɔrebɔ nsã no.+
Ma wɔnsɔre mmoa mo.
Momfa wɔn nyɛ mo dwankɔbea.
Mekum, na megye nkwa.+
41 Sɛ mese me sekan hyɛnhyɛn no ano,
Na mesiesie me ho ma atemmuo a,+
Mɛtua m’atamfo so ka+
Na matwe wɔn a wɔtan me no aso.
42 Mɛma mogya aboro m’agyan,
Na me sekan bɛdi nam;
Ɛbɛnom wɔn a wɔakunkum wɔn ne wɔn a wɔakye wɔn no mogya,
Na ɛbɛtwitwa wɔn a wɔdi atamfo anim no ti.’
43 Amanaman, mo ne ne man ani nnye,+
Ɔbɛtua n’atamfo so ka,+
Ɔbɛbisa ne nkoa mogya afiri wɔn nsam,+
Na ɔbɛpata ama ne nkurɔfoɔ asaase.”*
44 Afei Mose ne Nun ba Hosea*+ bɛkaa nnwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ ɔman no.+ 45 Berɛ a Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa wieeɛ no, 46 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma nsɛm a mede rebɔ mo kɔkɔ nnɛ yi nyinaa nna mo akoma so,+ na moaka akyerɛ mo mma, na wɔadi Mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+ 47 Nsɛm yi nyɛ nsɛnhunu, na mmom ɛno na mo nkwa gyina so,+ na nsɛm yi na ɛbɛma moatena ase akyɛ wɔ asaase a moretwa Yordan akɔfa no so.”
48 Yehowa ka kyerɛɛ Mose saa da no ara sɛ: 49 “Foro kɔ Abarim mmepɔ yi so+ kɔgyina Nebo Bepɔ+ a ɛwɔ Moab asaase so no so, beaeɛ a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no, na hwɛ Kaanan asaase a mede rema Israelfoɔ no.+ 50 Na wobɛwu wɔ bepɔ a worekɔ so no so, na wɔde wo bɛkɔ akɔka w’agyanom ho,* sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor Bepɔ+ so na wɔde no kɔkaa n’agyanom ho no, 51 ɛfiri sɛ mo mmienu no anni me nokorɛ wɔ Israelfoɔ mu berɛ a mowɔ Meriba nsuo+ a ɛwɔ Kades no ho wɔ Sina serɛ so no; moanyɛ me kronkron wɔ Israelfoɔ no mu.+ 52 Wode w’ani bɛhunu asaase a mede rema Israelfoɔ no wɔ akyirikyiri, nanso wo nan rensi hɔ.”+
33 Ansa na nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose rebɛwu no, wei ne nsɛm a ɔka de hyiraa Israelfoɔ no.+ 2 Ɔkaa sɛ:
“Yehowa firi Sinai baeɛ,+
Na ɔfiri Seir hyerɛn wɔn so.
“O Yehowa, tie Yuda+ adesrɛ,
Na san fa no bra ne nkurɔfoɔ mu.
Ne nuanom mpo ɔpoo wɔn,+
Na ne mma nso, wankɔgyina wɔn afã.
Ɔdii w’asɛm so,
Na ɔkuraa w’apam mu.+
11 O Yehowa, hyira no ma no nnya ahoɔden,
Na ma w’ani nnye ne nsa ano adwuma ho.
Wɔn a wɔsɔre tia no no, bubu wɔn nan mu,*
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a n’atamfo rensɔre bio.”
12 Deɛ ɔka faa Benyamin ho nie:+
“Ma deɛ Yehowa dɔ no no ntena ne nkyɛn dwoodwoo;
Ɔmmɔ ne ho ban da mu nyinaa,
Na ɔmfa no nsi akɔnkɔn.”
“Yehowa nhyira n’asaase,+
Na ɔmma no nneɛma pa a ɛfiri soro,
Bosuo, ne nsuo a ɛfiri fam.+
14 Ɔmma no nneɛma pa a awia ma no nyini,
Na ɔmma no nnɔbaeɛ papa a bosome biara ɔbɛtwa.+
15 Ɔmma no tete mmepɔ* so nneɛma a ɛyɛ,+
Ne nkokoɔ a ɛtim hɔ daa so nneɛma pa.
16 Ɔmma no asaase so nneɛma pa ne nneɛma a ayɛ mu ma nyinaa bi,+
Na ɔnnya deɛ ɔyii ne ho adi wɔ nwura* a ɛredɛre mu no+ anim adom.
Wei nyinaa mmra Yosef so;
Ɛmmra deɛ wɔyii no firii ne nuanom mu no so.+
Ɛno na ɔde bɛpiapia* aman,
Na wɔn nyinaa akɔgu asaase ano.
Ɛno ne Efraim mpempem+
Ne Manase mpempem.”
18 Deɛ ɔka faa Sebulon ho nie:+
“O Sebulon, ma w’ani nnye w’akwantuo mu,
Isakar nso, ma w’ani nnye wɔ wo ntomadan mu.+
19 Wɔbɛfrɛ nnipa akɔ bepɔ so.
Ɛhɔ na wɔbɛbɔ tenenee afɔreɛ.
“Nhyira nka deɛ ɔbɛtrɛ Gad ahyeɛ mu.+
Ɔda hɔ te sɛ gyata,
Na basa ne etire na ɔrebɛte afiri so.
Na ɔman no mpanimfoɔ bɛhyia.
Ɔbɛda Yehowa tenenee adi,
Ne n’atemmusɛm a ɛfa Israel ho.”
“Dan yɛ gyata ba.+
Ɔbɛhuri afiri Basan.”+
23 Deɛ ɔka faa Naftali ho nie:+
“Yehowa adom abu so ama Naftali,
Na ne nhyira ayɛ no ma.
Fa atɔeɛ fam ne anaafoɔ fam asaase di so.”
“Wɔde mma ahyira Aser.
Ma ne nuanom nnye no ntom,
Na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.*
26 Obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun+ Nyankopɔn* no;+
Ɔno na ɔfa wiem bɛboa wo,
Na ɔnam mununkum mu wɔ n’animuonyam mu.+
28 Israel bɛtena hɔ dwoodwoo,
Na Yakob abura bɛtena hɔ komm
Wɔ asaase a hwiit* ne bobesa foforɔ wɔ so so.+
Bosuo bɛfiri soro asosɔ ama no.+
34 Afei Mose firi Moab serɛ so kɔɔ Nebo Bepɔ+ so wɔ Pisga+ a ɛne Yeriko+ di nhwɛanimu no. Na Yehowa de asaase no nyinaa kyerɛɛ no, ɛfiri Gilead kɔsi Dan,+ 2 ne Naftali nyinaa ne Efraim ne Manase ne Yuda asaase nyinaa kɔsi ɛpo a ɛda atɔeɛ fam* no ho,+ 3 ne Negeb+ ne Yordan mantam,+ ne Yeriko serɛ so, ne mmɛ kuro no, de kɔsi Soar.+
4 Ɛnna Yehowa toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Asaase yi na mekaa ntam kyerɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ, ‘Mede bɛma w’asefoɔ’* no.+ Mama wode w’ani ahunu, nanso worentwa nkɔ hɔ.”+
5 Afei Yehowa akoa Mose wuu wɔ Moab asaase so sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+ 6 Ɔsiee no wɔ bɔn mu wɔ Moab asaase so, baabi a ɛne Bet-Peor di nhwɛanimu, na obiara nnim baabi a ne damena wɔ bɛsi nnɛ.+ 7 Berɛ a Mose wuiɛ no, na wadi mfeɛ 120.+ N’ani so anyɛ no wisiwisi, na n’ahoɔden so ante. 8 Israelfoɔ suu Mose nnafua 30+ wɔ Moab serɛ so. Afei berɛ a wɔde suu Mose na wɔgyam no no baa awieeɛ.
9 Nyansa* bɛhyɛɛ Nun ba Yosua ma, ɛfiri sɛ na Mose de ne nsa agu ne so.+ Na Israelfoɔ yɛɛ aso tiee no, na wɔyɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.+ 10 Nanso odiyifoɔ foforɔ biara amma Israel a na ɔte sɛ Mose;+ ɔno deɛ, na Yehowa nim no animu ne animu.+ 11 Nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔyɛ no Egypt asaase so no, ɔyɛɛ ne nyinaa wɔ Farao ne ne nkoa nyinaa anim wɔ n’asaase so baabiara.+ 12 Afei nso, Mose yɛɛ sɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ wɔ Israelfoɔ nyinaa anim.+
Nt., “Israel mma.”
Kyerɛ sɛ, ɔnam Yehowa tumi so.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Lebanon mmepɔ.
Nt., “aba.”
Nt., “abɛnane.”
Kyerɛ sɛ, ɛwɔ afasuo atenten.
Nt., “akoma mũ; akoma mua.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Onyankopɔn ahyɛ no den.”
Anaa “moanhyɛ wɔn abufuo.”
Kyerɛ sɛ, Kreta.
Anaa “wɔadi yea te sɛ obi a ɔrewo.”
Anaa “Arnon Subɔn.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛboɔ tuntum.”
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Subɔn.”
Ɛkyerɛ, “Yair Ntomadan Nkuro.”
Anaa “Subɔn.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awuo.
Anaa “monhwɛ mo kra.”
Nt., “kɔduruu ɔsoro mfimfini.”
Nt., “Nsɛm Du.”
Anaa “monhwɛ mo kra.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “sɔhwɛ.”
Nt., “aba.”
Anaa “Subɔn.”
Kyerɛ sɛ, Nkyene Po, anaa Ɛpo a Awuo.
Anaa “Nsom onyame foforɔ biara mfa mmu me animtia.”
Nt., “w’apono mu.”
Anaa “awie wo yie.”
Anaa “adansekurumu.”
Nt., “kaa nsɛm.”
Anaa “Ɔdasani.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “na tĩ mu kyerɛ wo mma; na si so dua kyerɛ wo mma.”
Anaa “abotire.”
Nt., “w’ani ntam.”
Anaa “wo kuro apono.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “Wo ne wɔn nnni ayewareɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “n’agyapadeɛ a ɛda n’akoma so.”
Nt., “Ɔbɛhyira wo yafunu mu aba.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “sɔhwɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔabɔ hu.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “pomegranate.”
Kyerɛ sɛ, ɛwɔ afasuo atenten.
Anaa “woagye wɔn asaase atena so.”
Anaa “ɔman a woasene wo kɔn.”
Anaa “honi a wɔaguo.”
Anaa “ɔman yi asene wɔn kɔn.”
Anaa “moagu.”
Nt., “Nsɛm Du.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔsorosoro.”
Nt., “montwa mo akoma twetia.”
Anaa “monnkɔ so nnsene mo kɔn.”
Anaa “braeb.”
Anaa “Akra.”
Nt., “wɔn aba.”
Kyerɛ sɛ, ntwahonan a wɔde wɔn nan tia so ma ɛtwa ne ho. Wɔyɛ saa de twe nsuo anaa wɔde pae aka anaa wɔde buebue aka mu.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ná ɛfiri aseɛ firi October mfimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.
Ná ɛfiri aseɛ firi April mfimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “mo ani ntam.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛseɛ, Mediterranea.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “taet.”
Anaa “deɛ ɔte nka sɛ ɛyɛ.”
Anaa “taet.”
Nt., “mo apono.”
Anaa “wo kra kɔn bɛdɔ.”
Nt., “wɔ mo apono.”
Nt., “mo apono.”
Nt., “mo apono.”
Anaa “wo kra kɔn bɛdɔ.”
Anaa “wo kra kɔn bɛdɔ.”
Anaa “mo kra kɔn bɛdɔ.”
Nt., “mo apono.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “ɔkra.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nneɛma a wɔnyaa no ɛko mu.”
Nt., “moanyi mo ani ntam nwi.” Anaa “moanyi mo moma so nwi.”
Anaa “n’agyapadeɛ a ɛda n’akoma so.”
Anaa “ntuboa.”
Nt., “mo apono.”
Anaa “taet.”
Anaa “wo kra kɔn bɛdɔ.”
Anaa “biribiara a wo kra pɛ.”
Nt., “ɛnsɛ sɛ w’akoma yɛ.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “nantwinini.”
Nt., “w’apono.”
Hwɛ Nkh. B15.
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dadeɛ bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sɔsɔ.
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “mo apono.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “Asese.”
Anaa “Asese.”
Nt., “wɔ apono.”
Anaa “braeb.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nwoma mmobɔeɛ.”
Anaa “ne kra pɛ.”
Kyerɛ sɛ, baabi a Yehowa bɛkyerɛ sɛ ɛhɔ na wɔnsom no.
Nt., “obi a ɔma ne babarima anaa ne babaa fa gya mu.”
Anaa “deɛ ɔdwori; deɛ ɔdwomfa.”
Anaa “mogya ho werɛdifoɔ.”
Anaa “de biribi bɔ ne kra.”
Anaa “mogya ho werɛdifoɔ.”
Nt., “Onipa baako rentumi nni adanseɛ ntia obi.”
Nt., “ano.”
Anaa “adansekurumu.”
Anaa “Ɔkra.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “wamma ne nuanom akoma annane sɛdeɛ n’akoma anane no.”
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Anaa “ɔmmma ne mmɔwerɛ mmfu.”
Anaa “baabiara a ne kra pɛ.”
Nt., “ɔdɔ baako tan baako.”
Anaa “abupɛn.”
Anaa “obi a ɔdidi boro so.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “ɔpo no.”
Anaa “wapo no.”
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “wasi tuutuu.”
Anaa “aku ɔkra no.”
Nt., “wanyi ne papa nkataho.”
Anaa “ɔmfrɛ mmusuo mmra mo so.”
Anaa “biribiara a ɛho nteɛ.”
Kyerɛ sɛ, agyananbea.
Nt., “ɔkraman.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “ɛbɛmee wo kra.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dadeɛ bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sɔsɔ.
Anaa “ne nkwa; ne kra.”
Anaa “wakye ɔkra a ɔyɛ.”
Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ aseɛ “kwata” no kyerɛ nneɛma pii; ɛbɛtumi akyerɛ honam ani nyarewa ahodoɔ a ɛtumi san. Ɛbɛtumi nso ayɛ nneɛma a ɛtotɔ ntaadeɛ mu anaa adan ho.
Anaa “w’apono.”
Anaa “ne kra anidasoɔ.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “n’abusua.” Nt., “ne din.”
Nt., “Mfa efa susudeɛ ne efa susudeɛ.” Hwɛ Nkh. B14.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “a owuo bɔn ne ho.”
Anaa “w’apono.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “n’agyapadeɛ a ɛda n’akoma so.”
Anaa “momfa akaadoo nka ho fitaa.”
Anaa “momfa akaadoo nka ho fitaa.”
Anaa “ahoni a wɔaguo.”
Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”
Nt., “wayi ne papa nkataho.”
Anaa “braeb.”
Anaa “kum ɔkra.”
Nt., “wo yafunu mu aba.”
Nt., “wo yafunu mu aba.”
Anaa “ɔbɛma w’akoma atu.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “wɔde ayɛ akasabebuo.”
Anaa “Ntummoa manyamanya.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “yafunu mu aba.”
Anaa “wo kra aboto.”
Anaa “sɔhwɛ.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.
Nt., “sɛe deɛ wayɛ frɔmm ne deɛ watwintwam.”
Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.
Nt., “ɛnyɛ ɔno na ɔde maa wɔn.”
Nt., “na wosan de ba w’akomam.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “bɛtwa mo akoma twetia.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Merentumi nni akɔneaba.”
Anaa “Asese.”
Anaa “mo apono.”
Nt., “wo ne w’agyanom akɔda.”
Kyerɛ sɛ, wɔbɛsom anyame foforɔ.
Nt., “dwom yi nna wɔn ano.”
Nt., “wɔyeyɛ akɛseɛ.”
Anaa “mo kɔn asene.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “adasamma abusua.”
Kyerɛ sɛ, ɔdii Yakob anim.
Nt., “nnwan sradeɛ.”
Nt., “hwiit mu sradeɛ.”
Nt., “Bobe mu mogya.”
Ɛkyerɛ, “Deɛ Ɔtene.” Ɛyɛ abodin a wɔde maa Israel.
Anaa “adaemone.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔasisi wɔn aso wɔ afotuo ho.”
Anaa “Awerɛdie wɔ me.”
Anaa “bɛyɛ no ya.”
Anaa “ɔbɛte ne man asaase ho.”
Ɛno ne Yosua din paa. Hosea yɛ edin Hosaia a wɔatwa no tia. Ɛkyerɛ “Yah Agye No.”
Ɛyɛ kasakoa a ɛgyina hɔ ma owuo.
Ɛkyerɛ, “Deɛ Ɔtene.” Ɛyɛ abodin a wɔde maa Israel.
Anaa “Ɔde ne nsa ako ama n’agyapadeɛ.”
Asɛmfua “Wo” a ɛwɔ nkyekyɛmu yi mu no gyina hɔ ma Onyankopɔn.
Nt., “wɔ wo hwene mu.”
Anaa “wɔn dwonku.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “apueeɛ fam mmepɔ.”
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Anaa “wuram nantwie.”
Anaa “bɛpempem.”
Anaa “wɔbɛnom.”
Anaa “akoradeɛ.”
Anaa “ɔmfa ngo nhohoro ne nan ho.”
Anaa “Yesurun nokorɛ Nyankopɔn.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wobɛtiatia wɔn mmepɔ ne wɔn nkokoɔ so.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛseɛ, Mediterranea.
Nt., “w’aba.”
Anaa “Nyansa a Onyankopɔn nam ne tumi so de ma.”